Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani. Onyankopɔn hyɛɛ sɛ, ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho. Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no. Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.” Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no edin ewiem. Na esum duruiɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ; yei ne ɛda a ɛtɔ so mmienu. Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn too beaeɛ kesee no edin asase. Ɛnna nsuo a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no edin ɛpo. Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Afifideɛ mfifiri asase so; afifideɛ a ɛso aba, nnuaba ahodoɔ a ɛso aba ne deɛ, nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifiri asase so.” Na ɛyɛɛ saa. Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ. Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa. Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu a ɛyɛ owia ne ɔbosome sɛ, owia no nni adekyeeɛ so na ɔbosome no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. Onyankopɔn de nkanea akɛseɛ mmienu yi sii nkyɛmu ewiem no mu sɛ, ɛnhyerɛn wɔ asase so, na wɔnni adekyeeɛ ne adesaeɛ no so, na ɛnte hann no mfiri esum no ho. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ. Na adeɛ saeɛ, ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a ɛtɔ so ɛnan ne no. Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nhyɛ nsuo no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no so.” Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Onyankopɔn hyiraa abɔdeɛ no nyinaa so, ɛnna ɔkaa sɛ, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ ɛpo no ma, na nnomaa ase ntrɛ wɔ asase so.” Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a, ɛtɔ so enum ne no. Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahodoɔ, anantwie ahodoɔ ne wɔn sɛso ne mmoa a, wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ. Onyankopɔn kaa sɛ, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so.” Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn. Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so.” Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane. Mede nhahammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ ewiem, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduane.” Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn hwɛɛ deɛ wayɛ nyinaa hunuu sɛ ɛyɛ papa. Na adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so nsia. Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome. Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri sɛ, saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho. Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa. Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ. Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ. Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie. Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri hɔ a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan. Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. Na saa asase no so sikakɔkɔɔ yɛ. Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso wɔ hɔ. Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus asase ho nyinaa. Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate. Awurade Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. Na Awurade Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ sɛ, “Wowɔ ho ɛkwan sɛ, wodi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; nanso wonni ho ɛkwan sɛ wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.” Afei, Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no.” Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin. Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no. Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no. Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no. Na Adam kaa sɛ, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi nie. Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ, ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.” Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ. Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre. Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’ ” Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’ ” Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu. Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.” Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ. Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so. Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn. Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?” Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.” Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?” Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.” Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ.” Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwa nna nyinaa woadi mfuturo. Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.” Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so wo nkwa nna nyinaa. Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wiram nhahan. Wobɛsiam wʼanim fifire ansa na woanya aduane adi, kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ, dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ; woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.” Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na. Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.” Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so. Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho. Afei, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma ɔnyinsɛne woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkaa sɛ, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel. Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ. Nna bi akyiri, Kain de nʼafuom nnɔbaeɛ bi kɔbɔɔ Awurade afɔdeɛ. Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no. Nanso Kain afɔrebɔdeɛ no deɛ, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuiɛ. Awurade bisaa Kain sɛ, “Adɛn enti na wo bo afuo? Adɛn enti na woamuna saa? Sɛ woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. Sɛ wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri sɛ, bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ sɛ wodi ne so.” Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no. Awurade bisaa Kain sɛ, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buaa sɛ, “Mennim. Mɛyɛ dɛn mahunu? Me na mehwɛ me nua no so anaa?” Awurade bisaa Kain sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me. Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so. Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.” Kain kaa sɛ, “ Awurade mʼasotweɛ boro me so. Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me.” Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no. Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ fam. Kain de ne ho kaa ne yere na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima, too no edin Henok. Saa ɛberɛ no, Kain kyekyeree kuro bi de too ne ba Henok. Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila. Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa. Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ. Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama. Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ, “Montie me, me yerenom makum aberanteɛ bi a, ɔto hyɛɛ me so, piraa me. Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mprɛnson a, ɛnneɛ, me Lamek, deɛ ɔbɛkum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson nson.” Akyire yi, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no edin Set kaa sɛ, “Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ asi Habel a Kain kumm no no ananmu.” Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos. Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin. Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie. Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso. Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa. Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set. Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu. Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos. Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu. Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan. Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu. Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu. Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared. Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu. Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok. Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu. Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela. Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum. Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ. Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek. Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu. Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so. Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu. Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet. Ɛberɛ a nnipa dɔɔso wɔ asase so no, wɔwoo mmammaa. Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ. Afei, Awurade kaa sɛ, “Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ, wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.” Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane wɔ asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no. Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara. Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ. Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.” Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim. Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie. Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet. Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso. Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso. Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka emu ne akyire nyinaa. Sei na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahanan aduonum, ne trɛ anammɔn aduɔson enum, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan enum. Bɔ adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro. Tie! Mede nsuyire bɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bɛwuwu. Na wo deɛ, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmammarima, wo yere ne wo mmammarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. Ɛsɛ sɛ wode abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nyinaa, mmienu mmienu a, ɛyɛ onini ne ɔbereɛ a, wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyire berɛ no a, wɔnwuwuo. Nnomaa ahodoɔ biara mmienu, mmoa biara mmienu, ne abɔdeɛ biara a ɛwea asase so mmienu bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu. Afei, fa nnuane ahodoɔ a, wɔdie na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuane a mobɛdi.” Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ, asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu sɛ woyɛ ɔteneneeni. Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ. Na fa nnomaa biara anini nson ne abereɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no akyiri no, wɔn ase bɛfɛe. Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.” Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so. Ɛberɛ a nsuyire baa asase so no, na Noa adi mfeɛ aha nsia. Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn. Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ. Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ. Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu. Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu. Nsuyire no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so ma ɛtɛɛ nsuo no ani. Nsuo no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, ma Adaka no tɛɛ nsuo no ani. Nsuo no yirii tɛntɛntɛn wɔ asase so ara kɔsii sɛ, ɛkataa mmepɔ atentene akɛseɛ a ɛwɔ asase so nyinaa so. Nsuo no yirii ara kɔsii sɛ ɛkataa mmepɔ no so boroo so anammɔn aduonu. Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ. Biribiara a ɛte asase kesee so nso ase hyeeɛ. Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara. Nsuyire no toaa so asase so nnafua ɔha aduonum. Nanso, Onyankopɔn kaee Noa ne wiram mmoa a na wɔne no wɔ adaka no mu no. Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no tweeɛ. Nsutire a ɛwɔ asase ase no mu nsuo a ɛbɔeɛ no gyaee ba, na ɛsoro mpomma no nso mu totoeɛ, maa nsuo no gyaee tɔ. Nsuo no toaa so twe firii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyiri no, na nsuo no atwe koraa. Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔ so. Nsuo no toaa so, tweeɛ ara kɔsii ɔbosome a ɛtɔ so edu no so. Na ɔbosome edu no ɛda a ɛdi ɛkan no, mmepɔ no atifi daa adi. Adaduanan akyiri no, Noa buee mpomma a ɔtwa too adaka no ho no, na ɔsomaa kwaakwaadabi, ma ɔdii akɔneaba kɔsii sɛ nsuo no nyinaa we firii asase no so. Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ, ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo anaa. Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu. Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio. Ɛberɛ a aborɔnoma no sane baa ne nkyɛn anwummerɛ no, na ngo dua ahahammono a wate tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa hunuu sɛ, nsuo no atwe afiri asase no so. Noa twɛnee nnanson bio, na ɔsane somaa aborɔnoma no, nanso wansane amma ne nkyɛn bio. Na ɛbaa sɛ Noa dii mfeɛ ahansia ne baako, bosome a ɛdi ɛkan no mu ɛda a ɛdi ɛkan no, na nsuo no atwe afiri asase no so. Enti, Noa yii adaka no suhyɛ no, na ɔhunuu sɛ, asase so awo. Ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu nson so no na asase no so woo koraa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo yere ne wo mmammarima ne wɔn yerenom mfiri adaka no mu mfi. Afei, yi abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa firi adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔre wɔ asase so.” Enti, Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne mmammarima yerenom firii adaka no mu. Mmoa no nyinaa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so ahodoɔ nyinaa firii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako. Afei, Noa sii afɔrebukyia maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Awurade tee afɔdeɛ no a Noa bɔeɛ no hwam a ɛyɛ no, ɔkaa wɔ nʼakoma mu sɛ, “Ɛwom sɛ bɔne ahyɛ onipa akoma ma firi ne mmɔfraase deɛ, nanso merenni onipa akyiri nnome asase bio. Na merensɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu bio sɛdeɛ mayɛ yi. “Mmerɛ dodoɔ a asase da so wɔ hɔ yi, oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro, asusɔ ne ɔpɛ, owia ne anadwo rentwam da.” Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo. “Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam. Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm. “Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa. Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no sɛ, “Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da.” Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a, mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio. Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.” Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.” Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ. Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo. Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya. Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ. Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu. Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no, ɔkaa sɛ, “Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.” Noa kaa bio sɛ, “Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa. Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntomadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.” Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum. Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu. Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri. Yafet asefoɔ nie: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. Gomer asefoɔ nie: Askenas, Rifat ne Togarma. Yawan asefoɔ nie: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko. Ham asefoɔ nie: Kus, Misraim, Put ne Kanaan. Kus asefoɔ nie: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ nso ne: Saba ne Dedan. Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so. Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho. Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so. Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu. Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom. Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het. Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ. Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ. Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa. Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi. Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma. Sem asefoɔ nie: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefoɔ nie: Us, Hul, Geter ne Mas. Na Arfaksad woo Sela, ɛnna Sela woo Eber. Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan. Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab. Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no. Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no. Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so. Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ. Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ. Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam. Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.” Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.” Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa. Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad. Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela. Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber. Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg. Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu. Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug. Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor. Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera. Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no. Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska. Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba. Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ. Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran. Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. “Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo. Mɛma wo din atrɛ, na woayɛ nhyira ama nnipa bebree. Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wɔbɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so. Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no. Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam. Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie. Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie. Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’ Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.” Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ. Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma. Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere? Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!” Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho. Abram tu firii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapadeɛ ne ne fiefoɔ nyinaa baa Negeb. Saa ɛberɛ no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii. Ɔfirii Negeb hɔ no, ɔdii atutena ara kɔduruu Bet-El, baabi a ɔdii ɛkan sii ne ntomadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. Ɛhɔ na kane no ɔsii nʼafɔrebukyia. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so somm Awurade. Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefoɔ a ɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ bebree. Esiane sɛ saa ɛberɛ no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ pii enti, na wɔnsene asase no so. Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ no ntam. Saa ɛberɛ no na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ nso tete asase no so. Enti, Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ, yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yɛnni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.” Lot hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, hunuu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebereɛ. Na nsuo wɔ mu baabiara te sɛ Eden turom anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa ɛberɛ no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora. Na Lot de nʼani kyerɛɛ apueeɛ fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Yei ne ɛkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetemu no. Abram tenaa Kanaan asase so. Ɛnna Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. Na nnipa a wɔwɔ Sodom kuro no mu no yɛ amumuyɛfoɔ a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛseɛ de tia Awurade. Lot tee ne ho firii Abram ho akyiri no, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ. Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan. Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, ɛfiri sɛ, mede rema wo.” Enti, Abram tutuu ne ntomadan bɛtenaa odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Mamrɛ dea wɔ Hebron. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade. Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal berɛ so, na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. Saa ahemfo yi a ɛyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Sidim subɔnhwa a ɛno ne Nkyene Ɛpo no mu. Wɔsomm Kedorlaomer mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu no, wɔtee atua. Afe akyiri no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfoɔ, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifoɔ a wɔwɔ Ham ne Emifoɔ a wɔwɔ Kiriataim ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no. Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa. Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔn ne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a akyire yi, wɔfrɛ no Soar no kɔɔ saa ahemfo baanan yi a wɔn ne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wɔkɔhyiaa wɔ Sidim subɔnhwa mu. Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so. Ahemfo baanan a wɔdii nkonim no fom Sodom ne Gomorafoɔ ahodeɛ ne wɔn nnuane nyinaa de kɔeɛ. Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ. Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no. Ɛberɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fiefoɔ nnipa ahasa ne dunwɔtwe a wɔatete wɔn sɛ akofoɔ ano, ma wɔtii atamfoɔ no, kɔsii kuro bi a wɔfrɛ no Dan mu. Ɛda no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakodɔm no mu, ma wɔto hyɛɛ atamfoɔ no so, kunkumm wɔn, taa wɔn kɔduruu kuro bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ. Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu. Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ: “Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, nhyira nka wo, Abram. Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako. Afei, Sodomhene ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me kɛkɛ, na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.” Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ, Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa ahoma baako anaa mpaboa so ahoma mpo, mfiri wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ Merennye hwee mfiri wo nkyɛn, gye deɛ me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfoɔ Aner, Eskol ne Mamrɛ deɛ, ma wɔn wɔn kyɛfa.” Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Abram, nsuro. Meyɛ wo kyɛm. Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.” Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?” Na Abram toaa so sɛ, “Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no wɔ me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ.” Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.” Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.” Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee. Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.” Nanso, Abram kaa sɛ, “Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu sɛ, asase no bɛyɛ me dea?” Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.” Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu hɔ. Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn. Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefoɔ. Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu. Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.” Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi sɛ ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ. Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no.” Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no. Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia. Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.” Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn. Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?” Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.” Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.” Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ, Awurade ate wʼamanehunu. Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Ɔbɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso bɛtia no; atutupɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.” Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no. Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ. Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael. Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia. Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ. Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.” Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya. Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu. Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn. Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so. Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia. Ɛsɛ sɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, ɔdi nnawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fie ne ɔnanani biara a woyii sika tɔɔ no firii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia saa ara. Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. Wɔbɛpam ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, saa onipa no anni mʼapam no so.” Onyankopɔn sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. Mɛhyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mɛhyira no ma wabɛyɛ aman nyinaa maame. Nʼasefoɔ mu na amanaman mu ahemfo bɛfiri.” Abraham de nʼanim butuu fam bio. Ɔsere bisaa ne ho sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛwo ɔba anaa? Sara nso a wadi mfeɛ aduɔkron no nso, ɔbɛtumi awo ɔba anaa?” Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ao, Onyankopɔn ɛnneɛ, hyira Ismael!” Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ. Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.” Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ. Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron. Ne babarima Ismael nso, wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ dumiɛnsa. Saa ɛda no ara, na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fie ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no firii ɔnanani bi nkyɛn no, wɔtwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho. Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn. Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra. Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.” Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.” Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma. Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase. Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.” Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho. Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?” Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’ Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.” Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.” Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan. Afei, Awurade kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.” Afei, Awurade kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.” Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim. Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ? Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?” Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.” Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.” Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.” Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.” Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.” Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.” Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm. Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba. Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.” Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.” Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ. Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ. Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.” Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa. Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.” Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no. Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu. Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa. Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha, ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.” Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi. Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.” Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ. Ɔsoro abɔfoɔ no yii Lot mmammaa baanu no firii kuro no mu ara pɛ, abɔfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Monnwane nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyiri. Monnnyina baabiara. Monnwane nkɔ mmepɔ no so, anyɛ saa a, mobɛwuwu!” Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom! Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?” Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no. Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa. Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue. Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so. Saa ɛkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn mmienu ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifideɛ nso nyinaa sɛeɛ. Nanso, Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyiri ma ɔdanee nkyene esie. Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa Awurade anim no. Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, hunuu wisie kumɔnn a abua asase no so te sɛ wisie a ɛfiri fononoo mu. Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no. Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar. Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no. Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.” Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ. Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.” Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ. Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ. Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ. Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ. Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie. Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.” Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.” Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no. Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.” Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?” Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no. Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ” Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.” Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.” Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma. Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso. Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ. Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha. Afei, Sara kaa sɛ, “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere.” Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.” Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ. Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ. Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.” Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.” Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ. Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi. Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no sɛ, “Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ baabi a ɔda no. Pagya abarimaa no, ɛfiri sɛ, mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.” Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ. Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie. Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ. Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. Enti afei, di nse ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha sɛ, worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔmamfrani no.” Abraham penee so sɛ, “Meka saa ntam no!” Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.” Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa. Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?” Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.” Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no. Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so. Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom Awurade teasefoɔ no. Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so sɛ ɔmamfrani nna bebree. Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!” Abraham buaa sɛ, “Me nie!” Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.” Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.” Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!” Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?” Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ. Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so. Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no. Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!” Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.” Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.” Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu. Abraham too beaeɛ no din sɛ Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔ no so.” Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ, “Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti, hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so. Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.” Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ. Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi: Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu. Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya. Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.” Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi. Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka. Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson. Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.” Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ, “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.” Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifoɔ no anim, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moapene so sɛ mensie mʼamu no wɔ ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me, na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.” Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia wɔ kuro no ɛpono ano nyinaa tee sɛ, “Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.” Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim, ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.” Efron buaa Abraham sɛ, “Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!” Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ. Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa Abraham sɛ nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii wɔ Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim. Afei, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ, nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ. Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie. Awurade hyiraa no akwan ahodoɔ nyinaa so. Ɛda koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin a ɔhwɛ nʼagyapadeɛ nyinaa so sɛ, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.” Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?” Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a ɔde me firi mʼagya fie ne mʼasase so baa ha, na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ no.’ Ɔno ara na ɔbɛsoma ne ɔbɔfoɔ adi wʼanim akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya ɔyere afiri hɔ ama me babarima no. Sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokaeɛ no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.” Enti, ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam. Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu. Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu. Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, hunu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantuo yi nsi yie. Hwɛ, megyina abura yi so, na kuro yi mu mmabaawa rebɛto nsuo. Ma ɛmmra mu sɛ, ababaawa biara a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no bi nnom no,’ sɛ ɔka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaawa a woapa no ama wʼakoa Isak. Ɛnam yei so bɛma mahunu sɛ, woahunu me wura mmɔbɔ.” Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ. Ɔsomfoɔ no de ahoɔherɛ kɔhyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsuo no kakra ma mennom.” Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, “Me wura, gye bi nom.” Rebeka maa ɔsomfoɔ no nsuo no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mɛsane akɔtwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.” Enti, Rebeka de ahoɔherɛ hwiee ne nsuo no guu anomeeɛ bi mu, sane kɔtwee nsuo a ɛbɛso nyoma no nyinaa nom de baeɛ. Ɔsomfoɔ no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ɔhunu sɛ Awurade ama nʼakwantuo no asi no yie anaa. Nyoma no nom nsuo no wieeɛ no, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ hwenemukawa a emu duru kari gram nsia ne sikakɔkɔɔ nkapo mmienu a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, yɛbɛnya daberɛ wɔ wo agya fie ama adeɛ akye anaa?” Rebeka buaa no sɛ, “Betuel babaa ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane bebree ne baabi a, mo nso, mobɛda.” Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree Awurade Onyankopɔn sɛ, “Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɔnnyaee nokorɛdie ne ayamyɛ a ɔyɛ ma me wura no. Me deɛ, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantuo yi mu, de me abɛduru me wura abusuafoɔ fie.” Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ. Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so. Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.” Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.” Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ. Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu. Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewaberɛ mu; Awurade na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no. Me wura maa mekaa ntam sɛ, ‘Worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’ “Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’ “Me wura Abraham buaa sɛ, ‘ Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu. Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wo ntam a wokaeɛ no renkyekyere wo.’ “Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantuo yi nsi me yie! Hwɛ, megyina abura yi so. Sɛ ababaawa bi bɛto nsuo wɔ ha, na meka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no kakra nnom” no, na sɛ ɔka sɛ, “Nom bi, na mɛma wo nyoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaawa a Awurade apa no ama me wura Abraham babarima Isak no.’ “Ansa na mɛwie mʼakoma mu mpaeɛbɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne batiri so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtoo nsuo, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’ “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ. “Mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’ “Rebeka buaa sɛ, ‘Betuel ba ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemukawa no hyɛɛ ne hwenemu, ɛnna mede nkapo no nso guu ne nsa. Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Onyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɛkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nana aware ama ne babarima no. Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛhunu ɛkwan ko a mɛfa so.” Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi Awurade enti, yɛnni ho asɛm biara. Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.” Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ Awurade anim. Afei, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinneɛ ne ntadeɛ maa Rebeka. Ɔsane de nneɛma a ɛsom bo yie yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne maame ayɛ. Afei, ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomeeɛ, na wɔda maa adeɛ kyeeɛ. Adeɛ kyee anɔpa a wɔsɔreeɛ no, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.” Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.” Akoa no buaa wɔn sɛ, “ Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.” Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.” Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?” Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!” Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan. Wɔhyiraa Rebeka sɛ, “Onuabaa, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefoɔ no nni wɔn atamfoɔ nyinaa so nkonim.” Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ. Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba. Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so, bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?” Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti, Rebeka yii ne nkatanimu de kataa nʼanim. Abraham ɔsomfoɔ no bɔɔ Isak nsɛm a asisie no nyinaa ho amaneɛ. Isak de Rebeka kɔɔ ne maame Sara ntomadan mu. Na ɔwaree no, ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yie. Yei maa Isak werɛ kyekyereeɛ wɔ ne maame Sara wuo akyiri. Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura. Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ. Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak. Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so. Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum. Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho. Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam. Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no. Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm. Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam, Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so. Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam. Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie. Abraham woo Isak. Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa. Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ. Awurade buaa no sɛ, “Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ. Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten. Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau. Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia. Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie. Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm. Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ). Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.” Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?” Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob. Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no. Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” Enti, Isak tenaa Gerar. Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no. Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ” Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.” Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.” Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.” Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu. Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano. Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.” Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio. Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.” Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.” Isak sii afɔrebukyia, somm Awurade wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no. Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.” Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu. Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara. Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so. Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. “Me ba.” Ɛnna Esau gyee so sɛ, “Agya, menie.” Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu. Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me. Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.” Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, ‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’ Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so. Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no. Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.” Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ, “Wonim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ toromtorom. Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene sɛ anka ɔbɛhyira me.” Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.” Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ. Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob. Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!” Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?” Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.” Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buaa sɛ, “ Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.” Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.” Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no. Isak sane bisaa Yakob sɛ, “Enti, ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?” Yakob buaa sɛ, “Aane, me ne Esau.” Afei, Isak kaa sɛ, “Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ. Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, bra bɛfe mʼano!” Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ, “Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛ ehwa a ɛfiri afuo a Awurade ahyira so no mu. Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ, na afuom aduane ne nsã mmu wo so. Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso, wɔbɛhyira wɔn.” Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.” Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?” Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!” Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!” Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!” Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?” Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?” Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!” Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.” Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.” Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo. Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?” Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.” Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da. Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako. Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba. Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima. Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.” Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho. Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ. Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ. Wʼasefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa. Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi sɛ ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.” Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beaeɛ ha yi, a na mennim!” Yakob suroeɛ, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie. Ɔsoro ɛpono ano ne ha.” Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus. Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, Awurade bɛyɛ me Onyankopɔn. Saa ɛboɔ a mede asi hɔ sɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo.” Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so. Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so. Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano. Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?” Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.” Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?” Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.” Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.” Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.” Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.” Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa hɔ. Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ. Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ. Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya. Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ. Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome. Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie. Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.” Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.” Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ. Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban sɛ, “Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no.” Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa apontoɔ no ase. Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ. Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no. Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?” Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ. Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.” Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ. Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel sɛ ɔnkɔsom no. Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no. Awurade hunuu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo. Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne “ Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ.” Na Lea kaa sɛ, “ Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho.” Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Awurade hunuu sɛ me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne “ Awurade ate!” Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasa ama no.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne “Ahofam.” Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne “Nkamfoɔ.” Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so. Ɛberɛ a Rahel hunuu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mɛwu!” Yakob bo fuu Rahel, ma ɔkaa sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasi wo yafunu ano.” Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mʼafenaa Bilha nie, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.” Enti, Rahel de nʼafenaa Bilha maa Yakob wareeɛ. Yakob ne no daeɛ. Ɔnyinsɛn, woo babarima maa Yakob. Na Rahel kaa sɛ, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa enti, ɔtoo no edin Dan a asekyerɛ ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.” Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. Na Rahel kaa sɛ, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperedie na madi nkonim.” Ɛno enti, ɔtoo abɔfra no edin Naftali a asekyerɛ ne, “Mʼakodie.” Ɛberɛ a Lea hunuu sɛ nʼawoɔ ate kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob wareeɛ. Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. Na Lea kaa sɛ, “Akrayɛ bɛn nie.” Enti, ɔtoo abɔfra no edin Gad a asekyerɛ ne, “Asi me yie.” Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.” Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.” Nanso, Lea de abufuo buaa sɛ, “Woabɛgye me kunu akyiri no, woresane abɛgye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhoɔ kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, Yakob mmɛda wo nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.” Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no. Onyankopɔn tiee Lea mpaeɛbɔ, na ɔnyinsɛn, woo ɔbabarima a ɔtɔ so enum maa Yakob. Na Lea kaa sɛ, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti, wɔtoo abɔfra no edin Isakar a asekyerɛ ne “Akyɛdeɛ.” Lea sane nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob. Enti, Lea kaa sɛ, “Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ a ɛsom bo yie. Afei deɛ, manya me kunu anim animuonyam. Ɔde obuo ne anidie bɛma me, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasia ama no. Enti, ɔtoo abarimaa no edin Sebulon a, asekyerɛ ne Animuonyam.” Akyire no, Lea woo ɔbabaa too no edin Dina. Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaeɛbɔ, buee nʼawotwaa ano. Rahel nyinsɛne, woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, Onyankopɔn apepa mʼanimguaseɛ, ama me nso mawo ɔba.” Rahel too ne ba no edin Yosef a asekyerɛ ne “ Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.” Rahel woo Yosef no, ankyɛre na ɛda koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ, “Mepɛ sɛ mesane kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fie enti, mesrɛ wo, gya me ɛkwan na menkɔ, Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.” Laban buaa sɛ, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahunu sɛ, nhyira dodoɔ a manya yi nyinaa firi te a wote me nkyɛn yi so.” Laban ka kaa ho sɛ, “Kyerɛ me akatua biara a wobɛgye, na mɛtua.” Yakob buaa Laban sɛ, “Wʼankasa wonim som a masom wo, ne sɛdeɛ mahwɛ wʼanantwie ne wo nnwan ama wɔn ase afɛe afa. Wʼahodeɛ kakra a na wowɔ ɛberɛ a mebaeɛ no, ɛnnɛ, adɔɔso, abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, ɛberɛ bɛn na mɛtumi apɛ biribi de agya mʼabusuafoɔ?” Laban bisaa Yakob sɛ, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buaa sɛ, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisadeɛ baako pɛ yi ama me deɛ a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. Ɛnnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na mennyi odwan biara a ne ho yɛ ntokontrama, odwan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyie biara a ɔyɛ ntokontrama. Yeinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. Yei bɛma woahunu sɛ, medi nokorɛ anaa menni nokorɛ. Sɛ wohunu nnwan anaa mmirekyie a wɔyɛ fufuo, na wɔnyɛ ntokontrama wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afiri wo deɛ mu.” Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛyɛ, yɛ no sɛdeɛ woaka no.” Ɛda no ara, Laban yiyii nnwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nnwammedeɛ a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufuo wɔ ne ho ne odwan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmammarima. Na Laban mma no faa mmoa no, de wɔn twaa nnansa ɛkwan, firii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no mu, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nnwan no. Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, ɛdwono ne ɔkyɛnkyɛn mman mono, yiyii ho akamakam, ma ɛkɔtoo dua kwatii no. Afei, ɔde mman mono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛdeɛ ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsuo no bi a, wɔbɛhunu. Saa ɛberɛ no na anini no foro abereɛ no. Enti, sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wɔnyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama. Ɔnam saa ɛkwan yi so yii Laban nnwankuo no mu abereɛ no guu faako, ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nnwan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɛkwan yi so na ɔfa gyinaa ne nnwankuo firii Laban deɛ mu. Ɛduru ɛberɛ a nnwammedeɛ a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wɔhyia nnwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim. Nanso, wanyɛ nnwan abereɛ a wɔyɛ mmerɛ no saa. Enti, nnwammaa a wɔnni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, ɛnna wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea. Ɛnam yei so maa Yakob nyaa ne ho tam. Ɔnyaa mmoa, mfenaa, nkoa, nyoma ne mfunumu bebree. Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.” Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.” Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no. Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mahunu sɛ, afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho. Monim sɛ, mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya; nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensaneɛ. Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no. “Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho yɛ ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ no mu ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yakob!’ Ɛnna megyee so sɛ, ‘Me nie!’ Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ” Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa? Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.” Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so. Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom. Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane. Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so. Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ. Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so. Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.” Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase. Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ. Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan. Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm. Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’ Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?” Yakob buaa Laban sɛ, “Na mesuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam. Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no. Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu. Ɛfiri sɛ, na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no. Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya, mma wo bo mfu me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mensɔre nnyina hɔ, ɛfiri sɛ, makɔ afikyire.” Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu. Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?” Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea. “Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da. Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka. Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa sɛ, mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna. Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no.” Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne? Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.” Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum. Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ. Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara. Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “ Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so. Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.” Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie. Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.” Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no. Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ wɔ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔ no so. Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom. Yakob ne ne fiefoɔ toaa nʼakwantuo no so. Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase. Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so. Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi. Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’ ” Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.” Yakob de ehu ne awerɛhoɔ kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuo mmienu. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, Esau ne ne dɔm no ba bɛto hyɛ ekuo baako so a, ekuo a ɛtɔ so mmienu no bɛdwane.” Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’ Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi. Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so. Nanso, wo na woahyɛ me bɔ sɛ, ‘Nokorɛ mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkan.’ ” Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau. Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu. Nyoma bereɛ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan, anantwinini edu, mfunumubereɛ aduonu, mfunumunini edu. Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.” Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’ monka nkyerɛ no sɛ, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob dea. Ne nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyire reba.’ ” Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne wɔn a wɔdidi so a wɔde mmoa no rekɔ no sɛ, “Sɛ mohyia Esau a, monka saa asɛm korɔ no ara nkyerɛ no. Monka nka ho sɛ, ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’ ” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.” Enti, wɔde Yakob akyɛdeɛ ahodoɔ no dii ɛkan kɔeɛ. Na nʼankasa deɛ, ɔdaa nʼatenaeɛ hɔ anadwo no. Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ. Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wieeɛ no, ɔsane bɛfaa nʼagyapadeɛ a aka nyinaa de twaa asuo no. Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ. Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ. Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.” Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.” Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.” Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob. Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.” Yakob refiri Peniel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahwan no enti, na ɔtɔ gu ne nan no so. Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no. Yakob pagyaa nʼani hunuu sɛ Esau ne ne mmarima ahanan a wɔka no ho firi akyirikyiri reba. Enti, ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfoɔ baanu no. Ɔmaa asomfoɔ no ne wɔn mma dii ɛkan. Lea ne ne mma nso dii hɔ. Ɛnna Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyire. Yakob deɛ, ɔdii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnson. Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ. Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.” Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no. Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotoo no. Afei, Yosef ne ne maame Rahel nso ba bɛkotoo no. Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?” Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.” Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.” Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim. Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ. Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.” Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Me wura ankasa nim sɛ, mmɔfra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwie ne nnwan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn so brɛoo. Sɛ meka wɔn so den ɛda koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bɛwuwu. Enti, me wura, di yɛn ɛkan na yɛne nyɛmmoa no bɛdi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.” Enti, Esau kaa sɛ, “Anyɛ bi koraa no, ma mennya me mmarima na wɔnni wʼanim, mmɔ wo ho ban.” Yakob kaa sɛ, “Ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ me saa adɔeɛ no.” Enti, ɛda no ara, Esau sane nʼakyiri kɔɔ Seir. Nanso, Yakob deɛ, ɔkɔɔ Sukot kɔsisii ne ntomadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenaeɛ. Ɛno enti na wɔfrɛ saa beaeɛ hɔ Sukot, a asekyerɛ ne Asese no. Yakob firii Paddan-Aram no, ɔkɔduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase so asomdwoeɛ mu. Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no nnwetɛ mpɔ ɔha firii Sekem agya Hamor mma nkyɛn. Wɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too saa afɔrebukyia no edin El-Elohe-Israel, a asekyerɛ ne Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn Afɔrebukyia. Ɛda koro bi, Lea ne Yakob ba Dina firii adi kɔsraa mmabaawa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa. Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor sɛ, “Mepɛ sɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!” Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ. Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ. Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.” Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua. Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.” Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire. Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.” Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri sɛ, na ɔpɛ Yakob babaa no yie. Enti, Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ dwa wɔ kuro no ɛpono ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasaeɛ sɛ, “Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri sɛ, yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ. Nanso, ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa korɔ no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛdeɛ wɔn nso wɔatwitwa twetia no. Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapadeɛ ne wɔn mmoa ahodoɔ a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn dea anaa? Enti, momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.” Mmarima a wɔkɔhyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kuro no ɛpono ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia. Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn. Yakob mmammarima a wɔaka no nso to hyɛɛ kuro no so. Wɔtiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kuro no mu nneɛma nyinaa pasaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabaa Dina ho fi. Wɔfom wɔn anantwie, wɔn nnwan, wɔn mfunumu ne wɔn agyapadeɛ biara a ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wiram nyinaa. Wɔfaa wɔn ahodeɛ, wɔn yerenom ne wɔn mmaa, fom wɔn afie mu nneɛma nyinaa. Afei, Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama ɛnnɛ me ho koraa abɔn Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ a mete wɔn asase so yi. Yɛn nnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bom, bɛto hyɛ yɛn so a, wɔbɛhye me ne mʼasefoɔ nyinaa.” Na wɔbuaa wɔn agya sɛ, “Enti, anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamanfoɔ anaa?” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.” Enti, Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn firi amanɔne baeɛ no nyinaa. Monwira mo ho, na monsesa mo ntadeɛ nso.” Ɔtoaa so sɛ, “Yɛrebɛtu ɛkwan akɔ Bet-El. Na sɛ yɛduru hɔ a, yɛbɛsi afɔrebukyia ama Onyankopɔn a ɔtiee me mpaeɛbɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantuo mu no.” Enti, wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne nsonkawa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ. Afei, wɔsiim. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkuro a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a, ɛno enti obiara antumi anti wɔn. Yakob ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no bɛduruu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no. Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no. Yei akyiri no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyegyefoɔ no wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bɔn mu no ase. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Alon-Bakut, a asekyerɛ ne Agyaadwotwa Dum. Yakob firi Paddan-Aram bɛduruu Bet-El no, Onyankopɔn sane yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom sɛ wɔfrɛ wo Yakob deɛ, nanso ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a asekyerɛ ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asie. Enti Onyankopɔn too ne din sɛ, Israel.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba. Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.” Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro. Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho. Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie. Yakob ne ne fiefoɔ siim firii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awoɔ kaa Rahel wɔ akwantemfi. Ɛberɛ a ɔreko awoɔ no, ɔbaa ɔwogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.” Nanso, Rahel koo awoɔ tɔeɛ. Na ɛberɛ a ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo ne babarima a wawo no no edin Ben-Oni, a asekyerɛ ne Mʼawerɛhoɔ Mu Ba. “Nanso, nʼagya sane too no edin Benyamin, a asekyerɛ ne Me dɔba.” Rahel wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi. Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii Rahel ɛda no so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Israel toaa nʼakwantuo no so, kɔsii ne ntomadan wɔ Edir abantenten no akyiri nohoa baabi. Ɛberɛ a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda. Na Yakob wɔ mmammarima dumienu: Lea mma na wɔn din didi so yi: Ruben a ɔno ne Israel abakan, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon. Rahel nso mmammarima baanu no ne Yosef ne Benyamin. Rahel afenaa Bilha mmammarima baanu no ne Dan ne Naftali Lea afenaa Silpa nso mmammarima baanu no ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no. Akyire no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no. Isak dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe. Isak wuiɛ, ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanimfoɔ ho; na wabɔ akɔkoraa posoposo. Ne mmammarima Esau ne Yakob na wɔsiee no. Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ. Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa. Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no. Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri. Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so. Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no. Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom. Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom. Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom: Yeus, Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom. Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom. Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no. Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no. Lotan mmammarima ne yeinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa. Sobal nso mmammarima ne yeinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no. Ana mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no. Dison mmammarima nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. Eser mmammarima ne yeinom: Bilhan, Saawan ne Akan. Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran. Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so. Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene: Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba. Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit. Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene. Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene. Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua, Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua, Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua, Magdiel abusua ne Iram abusua. Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ. Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so. Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob. Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no. Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo. Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso. Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.” Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ. Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.” Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?” Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri. Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem. Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.” Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu. Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no, ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?” Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?” Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ” Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no. Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no! Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.” Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no. Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa. Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no. Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu. Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so. Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya. Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so. Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe (228) maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim. Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!” Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu. Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?” Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.” Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree. Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no. Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin. Ɛbaa sɛ saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ. Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no. Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er. Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan. Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela. Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumuyɛfoɔ wɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no. Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan sɛ, “Ɛsɛ sɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ.” Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, sɛ ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ. Esiane sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no. Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ. Ɛwɔ hɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ. Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ sɛ, “Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.” Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no. Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim. Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?” Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?” Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?” Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ. Tamar firii hɔ akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, sane faa ne kunatam firaeɛ. Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no bisaa kurom hɔfoɔ no sɛ, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara wɔ ha.” Enti, ɔsane kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa sɛ, ‘Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara nni ha.’ ” Yuda nso kaa sɛ, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ sɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no.” Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa sɛ, “Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no.” Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda sɛ, “Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ sɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi yɛ ne dea no anaa.” Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio. Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta. Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa sɛ, “Yei na wɔwoo no kane.” Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres. Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah. Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam. Na Awurade ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie. Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa. Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so. Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara. Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie. Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.” Ɛwom sɛ ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie sɛ ɔne no bɛda. Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu hɔ no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ. Potifar yere no hunuu sɛ Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie hɔ no, ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha sɛ ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me monnaa na meteateaam. Ɔtee sɛ mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha.” Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii sɛ ne kunu baeɛ. Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me monnaa. Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ hɔ.” Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie” no, ne bo fuu yie. Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no. Ɛberɛ a Yosef da afiase hɔ no, na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie. Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie. Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no. Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie. Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ. Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ. Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo. Enti, ɔbisaa Farao fie mpanimfoɔ nneduafoɔ a na wɔne no gu afiase hɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɛnnɛ deɛ, mo werɛ aho mo ho sɛɛ?” Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me.” Enti, Farao nsãhyɛfoɔ panin no dii ɛkan kaa ne daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ mu no, mehunuu bobe dua. Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ. Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.” Yosef ka kyerɛɛ nsãhyɛfoɔ panin deduani no sɛ, “Wo daeɛ no ase nie: mman mmiɛnsa a wohunuiɛ no kyerɛ nnansa. Nnansa ntam no, Farao bɛyi wo, ama woakɔdi wo dibea sɛ ɔhene nsãhyɛfoɔ panin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛdeɛ na woyɛ no kane no. Na sɛ ɛsi wo yie a, kae me. Mesrɛ wo, ɛyɛ a, ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wɔmmɛyi me mfiri afiase ha. Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.” Ɛberɛ a burodotofoɔ panin deduani no hunuu sɛ Yosef akyerɛ nsãhyɛfoɔ panin no daeɛ no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me nso, mesoo daeɛ bi. Me daeɛ no mu, na mesoso nkɛntɛn mmiɛnsa a burodo gugu mu. Kɛntɛn a ɛsi ɛsoro pɛɛ no, na nnuane ahodoɔ a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduane no so wɔ mʼatifi, redi.” Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo daeɛ a wosoeɛ no asekyerɛ ni. Nkɛntɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma nnansa. Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabɛyi wo afiri afiase ha, atwa wo ti, de wo kuntunsini no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔ wo ɛnam.” Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim. Ɔhene Farao sane de ne nsãhyɛfoɔ panin no sii ne siberɛ, ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsã. Nanso, ne burodotofoɔ panin no deɛ, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ ne daeɛ no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. Nsãhyɛfoɔ panin no nso werɛ firii Yosef a wankae no koraa. Mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ bi. Na ɔgyina Asubɔnten Nil ho. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛwee ɛserɛ a na ɛwɔ hɔ. Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no! Saa ɛberɛ no ara mu na Farao bɔɔ pitiri nyaneeɛ! Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. Akyiri no prɛko pɛ, siaka nson bi soo wɔ nan no ho. Apueeɛ mframa bɔɔ no ma ɛtwintwamee. Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao sane nyanee bio, hunuu sɛ, sɛɛ na nneɛma a ɔhunuiɛ no nyinaa yɛ daeɛ. Adeɛ kyeeɛ no, nʼadwenem yɛɛ no basaa. Enti, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifoɔ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fie. Farao kaa daeɛ a ɔsoeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ aseɛ. Ɛhɔ na Farao nsãhyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ɛnnɛ na saa asɛm yi ama makae me mfomsoɔ bi a mayɛ. Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie. Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ. Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.” Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim. Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi.” Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.” Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ no mu, na megyina Asubɔnten Nil konkɔn so. Mehunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛnantee wira no mu, hyɛɛ aseɛ wee serɛ. Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so. Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no! Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ. “Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so. Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.” Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo. Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no. Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson. “Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ. Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa. Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no. Esiane ɛkɔm a ɛbɛdi mmerɛ pa a atwam no akyiri no ano den a ɛbɛyɛ no enti, saa ɛberɛ no, wɔrenkae mmerɛ pa no bio wɔ asase no so. Saa daeɛ mmienu a wosoeɛ no kyerɛ sɛdeɛ ɛkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na wasi gyinaeɛ pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa, ɛbɛba mu saa. “Enti, mʼafotuo ne sɛ, hwehwɛ onyansafoɔ kɛseɛ a ɔwɔ nhunumu wɔ Misraim asase yi so, na fa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa. Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansini ahodoɔ enum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn bɛtuatua amansini no ano no nyiyi nnɔbaeɛ a ɛbɛba mmerɛ pa mfeɛ nson no mu no nkyɛmu enum mu baako, mfa nsie. Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔtuatua amansini no ano no boaboa nnuane a wɔbɛgyegye mmerɛ pa mfeɛ nson a nnuane bɛbu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao edin mu. Wɔmfa saa nnuane no nhyehyɛ asan so wɔ nkuro akɛseɛ mu. Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.” Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.” Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu! Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.” Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa. Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa. Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie. Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ. Mfeɛ nson akyiri no, na Yosef akora nnuane wɔ nnuanekorabea hɔ, ama abu so ara kɔsii sɛ, afei na obiara mmu ho nkonta bio. Ansa na ɛkɔm kɛseɛ no rebɛba no, na Yosef yere Asnat, a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa no, awo mmammarima baanu. Yosef too nʼabakan no edin Manase, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama me werɛ afiri mʼamanehunu ne mʼagya fie nyinaa. Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, wɔtoo no edin Efraim, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so. Afei, mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Misraim asase so no twaam. Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so. Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.” Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn. Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie. Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?” Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.” Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburoo no bi. Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ biribi bɛyɛ no. Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo wɔ Misraim no ho, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa. Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam. Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?” Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.” Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef. Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.” Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane. Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.” Nanso, Yosef ka tii mu sɛ, “Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa.” Anuanom no buaa sɛ, “Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu.” Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no. Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi sɛ mode mo kaakyire no bɛba. Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu sɛ, mo asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛkɔba sɛ monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ sɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!” Enti, ɔde wɔn guu afiase hɔ nnansa. Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ. Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so. Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.” Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta” Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa. Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim. Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn. Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano sɛ ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi. Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!” Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa sɛ, “Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?” Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa sɛ, “Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛyɛ akwansrafoɔ. Nanso, yɛbuaa no sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ. Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’ “Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi wɔ asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’ ” Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ. Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.” Ruben ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Sɛ mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan sɛ wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo.” Nanso, Yakob buaa sɛ, “Me babarima no ne monnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu.” Saa ɛberɛ no mu no, na ɛkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa. Enti, ɛberɛ a aduane a wɔkɔtɔ firii Misraim baeɛ no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔtɔ aduane kakra mmra bio.” Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob sɛ, “Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.’ Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ deɛ a, ɛnneɛ, yɛbɛsane akɔ akɔtɔ aduane no bi abrɛ wo. Nanso, sɛ woamma yɛamfa no ankɔ deɛ a, yɛrenkɔ, ɛfiri sɛ, owura no suaee dendeenden sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, monnsi mʼanim bio.’ ” Israel bisaa ne mma no sɛ, “Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no sɛ mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?” Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ” Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma. Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa. Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.” Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yie deɛ a, ɛnneɛ, momfa asase yi so nnepa a ebi ne akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, aduhwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nhyɛ mo nkotokuo mu, nkɔyɛ owura no ayɛ. Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho mmienu, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mosane de sika a kane no mode kɔeɛ na ɔsane de hyɛɛ mo nnesoa mu baeɛ no kɔma no. Ebia, na ɛyɛɛ no anifasoɔ. Momfa mo nua no nso nka mo ho, na monsim ntɛm ntɛm nkɔ. Otumfoɔ Onyankopɔn nnyina mo akyiri, na owura no nhunu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua panin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsane mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ medi wɔn wuo ho awerɛhoɔ nso a, menni asɛm biara ka.” Enti, Israel mma no faa akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho mmienu, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, siim kɔeɛ. Wɔduruu Misraim no, wɔkɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef. Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa nkurɔfoɔ no kɔ me fie, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduane, na awia me ne wɔn bɛdidi.” Ɔsomfoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Yosef fie. Ɔde wɔn duruu Yosef fie no, wɔsuroeɛ. Wɔkaa sɛ, “Gyama ɛsiane dwetɛ a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no enti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔno to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsane fa yɛn mfunumu no nyinaa.” Wɔduruu Yosef fie kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef ɔsomfoɔ panin no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane. Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba. Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.” Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn. Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ. Wɔboaboaa akyɛdeɛ a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ efie hɔ awia no. Ɛberɛ a Yosef baeɛ no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛdeɛ no maa no. Yosef bisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho te. Ɔtoaa so sɛ, “Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho yɛ. Ɔda so te ase.” Wɔde obuo ne anidie bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim. Ɛberɛ a nʼani tɔɔ ne maame ba Benyamin anim no, ɔbisaa sɛ, “Yei ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no anaa?” Ɔtoaa so sɛ, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!” Yosef hunuu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ hoeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm firii adi kɔhyɛɛ ne piam, kɔsuiɛ. Ɔsu wieeɛ no, ɔhohoroo nʼanim, sane baeɛ de animia kaa sɛ, “Momma yɛnnidi!” Wɔtoo Yosef ɛpono wɔ baabi, ɛnna wɔtoo anuanom no nso ɛpono wɔ baabi wɔ ɛdan korɔ no ara mu. Misraimfoɔ a wɔyɛ Yosef asomfoɔ no nso didii wɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ nto nsa nnidi, ɛyɛ wɔn akyiwadeɛ. Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim. Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ. Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no. Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan. Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa? Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ ” Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn. Nanso, anuanom no buaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa! Sika a yɛhunuu wɔ yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie? Sɛ wohunu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ.” Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.” Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano. Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu. Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio. Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fie hɔ. Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam wɔ nʼanim. Yosef bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhunumusɛm so bɛtumi ahunu biribiara mu?” Yuda buaa sɛ, “Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu sɛ yɛnni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa”. Nanso, Yosef kaa sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu.” Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom sɛ, wo ne Farao yɛ pɛ deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ. Me wura bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’ Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’ “Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’ Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’ Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.’ Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no. “Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’ Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’ “Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu. Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’ “Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’ “Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu wɔ ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ. Na sɛ abɔfra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn makɔpue mʼagya anim. Dabi! Merentumi nnyina ahohiahia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.” Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom. Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim. Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no. Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa. Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ. “Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim! Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra. Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, ɛfiri sɛ saa ɛkɔm kɛseɛ yi aka mfeɛ enum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fiefoɔ ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bɛdi hia buruburoo.’ “Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. Monka animuonyam a Onyame adom enti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abɛhunu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsiane mmrɛ me ntɛm so.” Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ. Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ. Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ. Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafoɔ nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a ɛyɛ pa ara atena so. Wɔbɛdi asase no so nnepa!’ “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. Monnha mo ho wɔ mo agyapadeɛ ho, ɛfiri sɛ, mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ” Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane. Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.” Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni. Na ɛberɛ a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wieeɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no. Afei, Israel kaa sɛ, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, Yosef te ase. Mɛkɔ makɔhunu no ansa na mawu.” Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ. Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so sɛ, “Me nie.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ. Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.” Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu. Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim. Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan. Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. Simeon nso mmammarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni. Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari. Yuda nso mmammarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmammarima yɛ: Hesron ne Hamul. Isakar mmammarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. Sebulon mmammarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel. Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa. Gad nso mma din na ɛdidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. Aser nso mma din na ɛdidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel. Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia. Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin. Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim. Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan. Dan babarima yɛ Husim. Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason. Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia. Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson. Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen. Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin. Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.” Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’ Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’ momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.” Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”. Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao. Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.” Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.” Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.” Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no. Farao bisaa Yakob sɛ, “Woadi mfeɛ ahe?” Yakob buaa Farao sɛ, “Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.” Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ. Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te. Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie. Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?” Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.” Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane. Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.” Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam. Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa. Asɔfoɔ nko ara nsase na wantɔ, ɛfiri sɛ, asɔfoɔ no deɛ, na Farao atwa anoduane bi de ama wɔn. Ne saa enti na wɔn deɛ, wɔantɔn wɔn nsase no. Yosef ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, monnye aburoo nkɔdua. Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.” Wɔkaa sɛ, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao sɛ, ɔnnye yɛn ntom, na yɛnyɛ nkoa.” Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛeɛ sɛ, wɔmfa asase no so nnɔbaeɛ nyinaa mu nkyɛmu enum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ no nsase nko ara na ankɔdi Farao nsam. Israelfoɔ no bɔɔ atenaseɛ wɔ Gosen mansini a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wɔnyaa agyapadeɛ wɔ hɔ, na wɔn ase nso dɔree yie. Yakob tenaa Misraim mfeɛ dunson. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne aduanan nson ansa na ɔrewu. Ɛduruu sɛ Yakob rebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɛ wodɔ me deɛ a, ka ntam di nse sɛ, wobɛyɛ me adɔeɛ, adi me nokorɛ. Sɛ mewu a, nsie me wɔ Misraim ha. Sɛ mewu a, momfa me mfiri Misraim ha, nkɔsie me wɔ baabi a wɔsiee me mpanimfoɔ no.” Yosef hyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛdi asɛm a woaka no so.” Yakob kaa bio sɛ, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuu ne poma so sɔree Onyankopɔn. Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya yare.” Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no. Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ sɛ, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba. Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’ “Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no. Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so. Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.” Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?” Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.” Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano. Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.” Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam. Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam. Ɔhyiraa Yosef sɛ, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantee nʼanim, ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ de bɛsi ɛnnɛ no, ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no, ɔnhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak edin ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.” Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ, “Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ” Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.” Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so. “Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie; montie mo agya Israel. “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɛboro animuonyam ne tumi so. Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ, de guu mʼanim ase. “Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie. Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho, ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa, na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani. Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den, na ɛyɛ atirimuɔdensɛm! Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete Israelman mu nyinaa. “Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo. Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no? Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba. Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu. Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo. “Sebulon bɛtena mpoano. Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon. “Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu. Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a, ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a, ɔbɛkuntunu agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma. “Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn sɛ Israel mmusuakuo no baako. Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri. “Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn. “Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so, na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so. “Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa. Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ. “Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ. “Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo. Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ, de abufuo to hyɛɛ ne so. Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no; esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no; Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo; nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ; nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no. Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ. Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so. “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we, na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.” Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no. Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu. Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ. Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso. Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.” Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Afei, Yosef too ne ho hwee nʼagya so suiɛ, fee nʼano. Ɛno akyiri no, Yosef maa nʼaduruyɛfoɔ bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuro, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti, aduroyɛfoɔ no hyɛɛ no akyenkyennuro. Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuro no, ɛfiri sɛ, saa nna dodoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduro no. Misraimfoɔ suu no nnafua aduɔson. Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ, ‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ” Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.” Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie. Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ. Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ. Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu. Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim. Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.” Enti, wɔtuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu. ‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahodoɔ a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti, afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya somm no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Ɛberɛ a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kaeɛ no, ɔsuiɛ. Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.” Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa? Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi. Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara. Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafoɔ nyinaa tenaa Misraim asase so. Ɔdii mfeɛ ɔha ne edu ansa na ɔrewu. Yosef hunuu Efraim mma nana ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so. Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.” Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.” Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim. Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi. Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda; Isakar, Sebulon ne Benyamin; Dan, Naftali; Gad ne Aser. Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada. Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ, nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma. Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.” Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee. Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no. Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ, “Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.” Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ. Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?” Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.” Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma. Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ. Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu. Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa. Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no. Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.” Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?” Ɔhene babaa no buaa sɛ, “Aane.” Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ. Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abɔfra no kɔ efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka.” Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no. Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa sɛ, “Mɛto ne edin Mose ɛfiri sɛ meyii no firii nsuo mu.” Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ hɔ. Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no hɔ nsrahwɛ. Ɔduruu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ dɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?” Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ. Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan. Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ. Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?” Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.” Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.” Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ. Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri sɛ, Mose kyerɛ aseɛ sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.” Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no. Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn. Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. Prɛko pɛ, na Awurade ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye. Enti, Mose kaa sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye.” Ɛberɛ a Awurade hunuu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu sɛ, “Mose! Mose!” Mose gyee so sɛ, “Me nie.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.” Ɔtoaa so sɛ, “Mene wʼagyanom Onyankopɔn—Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.” Mose kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no wɔ mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia. Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so. Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no. Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.” Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?” Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.” Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?” Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Onyankopɔn toaa so sɛ, “ Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn. Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’ “Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘ Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’ Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee. Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ. “Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan. Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.” Na Mose buaa no sɛ, “Wɔrennye me nni. Asɛm a mɛka no, wɔrenni so. Wɔbɛka sɛ, ‘ Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo!’ ” Awurade bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wokura yi?” Ɔbuaa sɛ, “Odwanhwɛfoɔ poma.” Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To twene fam.” Enti ɔto twenee fam ma ɛdanee ɔwɔ. Mose dwane firii aboa no ho. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔ ɔwɔ no dua mu kyere no!” Ɔsɔɔ ne dua mu kyeree no no, ɛsane danee poma no bio. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔyɛ saa na wɔbɛgye wo adi. Ɛbɛma wɔahunu sɛ wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa. “Afei, fa wo nsa hyɛ wo bo.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo na ɔyiiɛ no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa. Awurade ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Fa wo nsa hyɛ wo bo bio.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo bio na ɔyiiɛ no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛdeɛ ɛte kane no. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wɔannye anwanwadeɛ a ɛdi ɛkan no anni a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi. Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi akyiri wɔannye wo anni a, kɔsa nsuo firi Asubɔnten Nil mu na bɛhwie gu asase wesee bi so na ɛbɛdane mogya.” Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, Awurade, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.” Awurade bisaa no sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛeɛ? Hwan na ɔbɔ onipa ma ɔtumi kasa anaa ɔmma no nkasa? Hwan na ɔma no hunu adeɛ anaa ɔmma no nhunu adeɛ? Hwan na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.” Nanso Mose kaa sɛ, “Awurade mesrɛ wo, soma onipa foforɔ.” Awurade bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye. Wobɛkasa akyerɛ no na woaka deɛ ɛsɛ sɛ ɔka akyerɛ no. Mɛboa mo baanu ama moakasa, na makyerɛ mo deɛ mobɛyɛ. Ɔbɛyɛ wo ɔkyeame ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Onyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda edwa akyerɛ no. Sɛ worekɔ a, fa wo poma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de ayɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo no.” Mose kɔɔ efie kɔbɔɔ nʼase Yetro nsɛm a asie no ho amanneɛ. “Mɛsrɛ wo ɛkwan na makɔ Misraim makɔsra mʼabusuafoɔ. Mennim mpo sɛ, wɔte ase.” Yetro penee so sɛ, “Kɔ. Mehyira wo kosɛkosɛ.” Ansa na Mose rebɛfiri Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro sɛ wobɛsane akɔ Misraim, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” Enti, Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so sɛ ɔrekɔ Misraim a na Onyankopɔn poma no hyɛ ne nsam. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ woduru Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mɛma nʼaso ayɛ den, enti ɔremma nnipa no nkɔ. Na sɛ ɛba no saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘ Awurade se, Israel yɛ mʼabakan na mahyɛ wo sɛ, “Ma no ɛkwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene enti mɛkum wʼabakan.’ ” Mose ne nʼabusuafoɔ nam no, adeɛ saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi daeɛ. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ɔhunahunaa no sɛ ɔbɛkum no. Enti, ne yere Sipora faa sekammoa de twaa ne babarima kumaa twetia to twenee Mose nan ase kaa sɛ, “Mmogya ayeforɔkunu ne wo.” Enti Awurade gyaa Mose. Na Sipora kaa sɛ, “Woyɛ okunu a twetiatwa ama mogya aka wo.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Kɔ ɛserɛ no so kɔhyia Mose.” Enti, Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔ Horeb so kɔhyiaa Mose wɔ hɔ. Wɔhyiaeɛ no, wɔde mfeano kyeakyeaa wɔn ho fɛw so. Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɛberɛ a ɔresoma no no ne anwanwadeɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ nyinaa kyerɛɛ Aaron. Enti, Mose ne Aaron sane kɔɔ Misraim frɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu. Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ. Yei maa mpanimfoɔ no gye dii sɛ, ampa, Awurade na wasoma wɔn. Afei, wɔtee sɛ Awurade akɔsra wɔn, na ɛnam so ama wahunu wɔn haw, na enti wayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgye wɔn afiri saa ɔhaw no mu no, wɔde anigyeɛ buu nkotodwe sɔreeɛ. Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ” Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.” Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio sɛ, “Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Onyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo.” Farao bisaa sɛ, “Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” Farao toaa so sɛ, “Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ.” Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ, “Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no. Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri sɛ, asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ, wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka sɛ wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn Awurade afɔdeɛ no. Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara.” Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no sɛ, “Farao aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma mo ɛserɛ bio. Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara.” Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi. Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so sɛ, “Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no.” Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?” Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa, ɛfiri sɛ, wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so.” Nanso, Farao buaa sɛ, “Monni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka sɛ, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade.’ Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa.” Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu sɛ ahokyere aba. Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfie no ho no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnkum yɛn.” Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? Sɛ wonim sɛ wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me? Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.” Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no. Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn. Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ. Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no. “Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no. Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’ ” Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.” Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?” Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ. Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ. Simeon mmammarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni. Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ. Lewi mmammarima: Gerson, Kohat, Merari. (Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.) Gerson mmammarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti. Kohat mmammarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. (Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.) Merari mmammarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ. Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. (Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.) Ishar mmammarima: Kora, Nefeg, Sikri. Usiel mmammarima: Misael, Elsafan, Sitri. Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Kora mmammarima: Asir, Elkana, Abiasaf. Yeinom ne Kora asefoɔ. Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano. Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no. Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so. Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.” Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?” Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi wo sɛ mʼananmusini wɔ Farao anim na Aaron ayɛ wo ɔkyeame. Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim. Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim. Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so. Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene Awurade no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.” Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa. Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.” Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ. Farao nso frɛɛ nʼanyansafoɔ ne ne nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwanwadeɛ korɔ no ara bi. Wɔn nso, wɔn poma tumi danee ɔwɔ. Nanso, Aaron ɔwɔ no menee wɔn deɛ no. Farao kɔɔ so yɛɛ akomaden a na ɔmpɛ sɛ ɔtie asɛm a Awurade kaeɛ no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Farao apirim nʼakoma enti, ɔbɛkɔ so asi nnipa no ɛkwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. Nanso Awurade kaa sɛ: Sane kɔ Farao nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kɔgyina asuo no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura wo. Ka kyerɛ no sɛ, ‘ Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn asane asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ ɛserɛ so. Woayɛ asoɔden. Afei, Awurade se: Wobɛhunu sɛ, mene Awurade no. Ɛfiri sɛ, maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ Nil nsuo no mu na nsuo no bɛdane mogya. Nsuomnam a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bɛwuwu ama nsuo no abɔn a Misraimfoɔ no rentumi nnom.’ ” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no nkyerɛ nsuo a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔntene, wɔn nsuwa, wɔn atadeɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ ne nsuo a ɛwɔ afie mu nyinaa so na ɛbɛdane mogya.” Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Farao ne ne mpanimfoɔ gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de poma no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no danee mogya. Nsuomnam a wɔwɔ mu nyinaa wuwuiɛ maa nsuo no bɔnee enti, na Misraimfoɔ no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa danee mogya. Nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayie so maa nsuo danee mogya enti, Farao kɔɔ so pirim nʼakoma a na ɔntie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. Ɔsane kɔɔ nʼahemfie a hwee ampusu no. Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu. Asubɔnten a ɛdanee mogya no dii nnawɔtwe. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘ Awurade se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me. Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so. Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.” Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so. Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.” Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.” Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara. Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.” Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no. Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ. Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie. Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.” Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi. Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na sɛ ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no sɛ, ‘ Awurade se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. Na sɛ wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya. “ ‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me Awurade mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so. Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ ” Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ. Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.” Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.” Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me.” Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.” Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase. Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase. Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ. Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.” Sɛ wampene a, Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa. Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu. Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so. Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare. Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ. Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim. Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.” Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa. Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa. Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ. Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ. Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.” Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie. Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.” Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ. Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da. Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ. Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ. Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so. Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.” Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.” Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa. Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ. Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ. Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi. Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene Awurade no kyerɛ wɔn.” Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me. Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so. Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho. Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’ ” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ. Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Onyankopɔn!” Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom Awurade, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?” Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.” Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ Awurade ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.” Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa. Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio. Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no. Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa. Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.” Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade. Awurade bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.” Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa. Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann. Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.” Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn. Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.” Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ. Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.” Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu. Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa sɛ, wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ.” Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu. Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “ Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so. Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu. Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio. Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam! Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ. Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi.” Ɛwom sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa wɔ Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ. Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan wɔ Yudafoɔ asranna so. Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako. Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so. Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm. Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu. Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi. Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni. Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho. Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, sɛ adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no. Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ. “Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene Awurade ! Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi. “Yei yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ sɛ mohyɛ ɛfa no sɛ afahyɛ sononko ma Awurade. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ ɛda biara. Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara. “Sɛ modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ sɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so. Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni. Saa nnanson no mu, ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa wɔ mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka wɔ mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so nyinaa. Mesane meti mu bio sɛ, saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu.” Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no. Awurade bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na sɛ ɔhunu sɛ mogya wɔ aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura hɔ nkunkum mo mmakan. “Na monkae sɛ yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefoɔ. Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a, mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ ” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ. Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so. Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa. Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu. Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no. Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.” Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.” Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so. Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ. Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho. Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho. Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so. Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa. Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so. Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi. Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi. Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi. “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu. “Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu. Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso.” Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.” Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛnnɛ yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokae ɛda biara—ɛda a motu firii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no. Awurade ayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree akyerɛ mo. Enti, monkae sɛ, sɛ afe duru na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔreka mfra mo aduane; na mommfa bi nkɔ mo afie nso mu koraa. Afe biara mu Abib bosome awieeɛ (bɛyɛ Ɔbenem awieeɛ), monkae saa atutena yi. Awurade de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. Mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu nko ara nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, monto ɛpono kɛseɛ mma Awurade. Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔreka wɔ ne fie anaa mo asase no ahyeɛ so baabiara. Ɛduru afirinhyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma deɛ enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae deɛ Awurade yɛ maa mo ɛberɛ a motu firii Misraim asase so no. Saa afe biara mu nnawɔtwe afahyɛ yi, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ te sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae adeɛ. Momma Awurade mmara ntena mo anom, ɛfiri sɛ tumi kɛseɛ na ɔde yii mo firii Misraim. Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awieeɛ no, monni afahyɛ yi. “Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfoɔ te so seesei no so a, monkae sɛ, mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no. Motumi de odwan ba anaa abirekyie ba kɔsesa afunumu ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afunumu no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wobu afunumu no kɔn mu kum no. Nanso mo mmammarima abakan deɛ, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti. “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Awurade nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim. Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn ɛkwan ma yɛkɔ enti, Awurade kumm mmammarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno enti na yɛde mmammarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmammarima mmakan no deɛ, wɔtɔ wɔn ti.’ Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.” Akyire no, Farao maa nnipa no kɔeɛ. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfa Filistifoɔ asase a ɛkwan no da mu tee kɔsi Bɔhyɛ Asase no so, nanso Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so. Deɛ enti a Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so no ne sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛwom sɛ wɔkura wɔn akodeɛ deɛ, nanso sɛ wɔkɔ na wɔkɔhyia akodie bi a, wɔn aba mu bɛbu ama wɔasane aba Misraim. Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so. Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.” Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano. Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. Sɛ wɔduru hɔ a, wɔnsi wɔn ntomadan wɔ mpoano hɔ. Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’ Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?” Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn. Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn. Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ, na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree kɔ. Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfoɔ no so bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntomadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim. Ɛberɛ a Misraim asraafoɔ no rebɛn Israelfoɔ no, Israelfoɔ no hunuu wɔn firi akyiri sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn akoma tuiɛ, na wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no sɛ, “Wode yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, ɛfiri sɛ, adamena nni Misraim a sɛ yɛwuwu a wɔbɛsie yɛn wɔ mu? Adɛn enti na womaa yɛtu firii Misraim? Ɛberɛ a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo sɛ ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkaeɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu agu ɛserɛ so ha.” Nanso, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monnsuro. Monnyina pintinn na monhwɛ biribi. Na mobɛhunu anwanwakwan a Awurade nam so bɛgye mo afiri atamfoɔ nsam ɛnnɛ. Misraimfoɔ a mohunu wɔn seesei yi, morenhunu wɔn bio. Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnkɔ wɔn anim. Fa wo poma no. Fa kyerɛ nsuo no so na ɛpo no mu bɛpae ama ɛkwan ada mu ma Israelfoɔ no afa asase wesee so. Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam. Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ, mene Awurade.” Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi. Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan. Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no sanee nʼakyiri ma asase no yɛɛ wesee. Enti Israelfoɔ no faa ɛpo ɛkwan a emu wesee no so. Na nsuo no yɛɛ afasuo wɔ benkum ne nifa maa wɔn. Afei, Misraimfoɔ no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini. Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne mununkudum no too Misraim dɔm no so maa wɔn ho yeraa wɔn. Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no so.” Mose yɛɛ saa, na adeɛ kyee anɔpa no, ɛpo no sane nʼakyi tenee sɛdeɛ na ɛteɛ. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔdwane, nanso Awurade maa nsuo no faa wɔn. Nsuo no kataa ɛkwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa so. Farao asraafoɔ dodoɔ a wɔfaa ɛpo no mu taa Israelfoɔ no nso, anka ɔbaako koraa. Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo yɛ ɔfasuo wɔ benkum ne nifa no so. Saa ɛda no Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraimfoɔ nsa mu. Na Israelfoɔ no hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu deda mpoano. Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ. Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu. “ Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so. Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade. Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase. Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa. “Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ. Wogu ahome a, nsuo mu pae. Ɛgyinaa sɛ afasuo ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa. Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Na makyɛ afodeɛ no mu. Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasini.’ Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa maa ɛpo kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subunu no mu. Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn. “Wotenee wo nsa nifa na asase menee wɔn. Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim, wʼayamyɛ mu. Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim de wɔn aba wʼasase kronkron no so. Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ. Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia. Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn. Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa. Ehu ne suro afa wɔn so. Ao, Awurade, wo tumi enti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu. Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn wɔ wo bepɔ so, wo ara wo efie hɔ, Awurade — Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no. “ Awurade bɛdi ɔhene akɔsi daa.” Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no. Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ. Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim animuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ amem ɛpo ase.” Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom. Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono. Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?” Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ, “Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.” Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho. Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ. Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.” Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so. Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.” Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so. Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn? Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.” Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.” Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’ ” Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee; obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so. Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?” Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no. Awurade aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’ ” Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi. Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.” Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie. Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ. Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa. Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ ” Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso. Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so. Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.” Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ. Awurade bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn? Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.” Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee. Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu. Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no. Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma. Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no. Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa. Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ. Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?” Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!” Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. Mɛhyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. Sɛ woduru hɔ a, fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no wɔ Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu. Enti, Mose too beaeɛ hɔ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa sɛ, “ Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?” Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so wɔ Refidim ne wɔn koeɛ. Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.” Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ. Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so. Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ. Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ yei ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua sɛ, mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase.” Mose sii afɔrebukyia hɔ na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa. Mose kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.” Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ Awurade ayi wɔn afiri Misraim asase so no. Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.” Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.” Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.” Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so. Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no. Yetro tee deɛ Awurade ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie. Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. Afei, mahunu sɛ Awurade yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.” Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ Awurade anim. Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu. Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?” Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ. Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.” Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ. Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo. Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.” Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ. Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu. Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no. Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom. Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so. Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn. Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ bepɔ no so na Awurade frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman sɛ, ‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no. Sɛ mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, ɛfiri sɛ, asase nyinaa yɛ me dea. Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.” Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa. “Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa. Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan. Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Sɛ ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi sɛ totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; sɛ ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!” Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho.” Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ. Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase. Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, Awurade siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden. Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ. Enti, Awurade baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu. Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.” Mose nso buaa Awurade sɛ, “Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri sɛ, woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me sɛ mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no sɛ, obiara nnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ɛhɔ yɛ Onyankopɔn dea.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Siane kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.” Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn. Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn: “Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no. “Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho. Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so. Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ. Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron. Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome. Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no. Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni adansekurumu. Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.” Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.” Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.” Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo. Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ. “ ‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo. Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi. Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’ “Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie: “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee. Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyire no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfeɛ nson no duru a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa deɛ a, ɔne ne yere no na ɛbɛkɔ. Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbaa wareeɛ wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmammarima ne mmammaa a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no dea na okunu no akɔ ne baabi. “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka sɛ ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm enti merenkɔ’ a, ne wura no de no bɛba atemmufoɔ anim na wɔde fitiiɛ afiti nʼasom badwa mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ. “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, mfeɛ nsia no duru a, wɔrennyaa no sɛdeɛ wɔgyaa mmarima nkoa no. Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so. Na sɛ afenaawura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babaa. Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara. “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi. Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta. Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no. “Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no. “Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no. “Deɛ ɔdome nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no. “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɛboɔ anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so, na akyire no, ɔtumi sɔre nante na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no berɛ a wasɛe no no, ɔbɛtua ho sika ama no, asane atua nʼayaresa ka nyinaa kɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no. “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenawa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso. Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ. “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no. Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no. Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan, ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan. “Sɛ ɔbarima bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenawa ani so ma nʼani bɔ a, ɛsiane nʼani no enti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no kɔ ne baabi kwa. Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no enti, ɔmma no nkɔ ne baabi. “Sɛ nantwie pem ɔbaa anaa ɔbarima ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no, gye sɛ wɔate sɛ mmerɛ bi a atwam no, nantwie no pempem nnipa ma wɔabɔ ne wura no amaneɛ a ɔnka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ ɔkum obi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na ne wura no nso, wɔnkum no. Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano. Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa. Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ. “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a, ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no. “Sɛ ɔbarima bi nantwie pira nantwie foforɔ na sɛ ɔwu a, mmoawuranom baanu no bɛtɔn aboa a ɔnwuiɛ no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa. Na sɛ aboa no pempem dada na sɛ ne wura no abu nʼani agu so deɛ a, ɛnneɛ, sika mu kyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwie wɔ hɔ no bɛtua nantwie a wawu no ho ka nyinaa na wafa no. “Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu. “Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ. Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ. “Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no. Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim. “Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka. “Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka. “Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim. Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no. “Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a, ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu. Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara. “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu. “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no. Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika. “Monkum mmaa nkonyaayifoɔ. “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wɔnkum no. “Obiara a ɔbɛfiri Awurade akyiri abɔ onyame foforɔ bi afɔdeɛ no, wɔnkum no. “Monnhyɛ ɔhɔhoɔ aniɛyaadeɛ ɛkwan biara so; na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. “Monnsisi akunafoɔ anaa nwisiaa; na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so. Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi. “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no. Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ. “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so. “Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so. “Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no. Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me. “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe. “Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu. “Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn. Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no. “Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no. Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no. “Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no. Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa. “Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. “Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no. “Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia. Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase. “Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome. “Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din. “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam. “Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu. “Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ. “Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me. “Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri. “Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim. “Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me. “Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so. “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn. “Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. “Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so. Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ. Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu. Mo Awurade, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so. Apɔn anaa abonini remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo. “ Awurade ho hu bɛka aman a mobɛdi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔadwane wɔ mo anim. Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ afiri mo anim. Merenyɛ yeinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annane ɛserɛ amma nkekaboa ammu amfa mo so. Mɛpam wɔn nkakrankakra kɔsi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma. “Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim. Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twe bɛn bepɔ no koraa.” Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.” Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ. Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu. Afei, ɔsomaa mmabunu a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so. Ɔkan nwoma a watwerɛ a ɛyɛ Apam Nwoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio sɛ, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi mmara no nyinaa so.” Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.” Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so. Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn. Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.” Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so. Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.” Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ. Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔmmɔ afɔdeɛ mma me. “Saa nneɛma a ɛdidi so yi mu na wɔmfiri mmɔ me afɔdeɛ no: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, ntoma tuntum, koogyan bibire tam; koogyan tam, serekye, abirekyie ho nwi, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyie nwoma a wɔahyɛ, okuo dua, kanea ngo, ɔsra ngo, nnuhwam a wɔhyeɛ, apopobibirieboɔ, aboɔdemmoɔ a wɔde bɛtuatua asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no mu. “Mepɛ sɛ Israelfoɔ si asɔredan kronkron ma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi atena wɔn mu. Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi. “Momfa okuo dua nyɛ Apam Adaka a ne ntentenemu yɛ basafa baako ne fa, ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra na ne korɔn nso nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. Na momfa sikakɔkɔɔ mapa nnura ɛho ne emu nyinaa. Momfa sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan nhyehyɛ adaka no nan ɛnan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkawa no mmienu nkɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso nkɔ ɛfa. Fa okuo sene mpoma, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho, na fa hyehyɛ nkawa no mu na wɔde apam adaka no asoa. Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. Mowie adaka no a, momfa ɛboɔ a matwerɛ Mmaransɛm Edu no agu so no nto mu. “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛha ne beaeɛ a mobɛnya mo bɔne so ahummɔborɔ. Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ Kerubim mmienu. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkatasoɔ atifi na momfa ɔbaako nsi anafoɔ. Fa Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ na ɛne adaka no nkatasoɔ no nyɛ mua. Kerubim a wɔyɛ abɔfoɔ no bɛdi nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpatadwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so. Momfa ɛboɔ twerɛpono a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. Na mɛhyia mo wɔ hɔ na makasa afiri mpata beaeɛ wɔ soro hɔ afa abɔfoɔ no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfoɔ no adi akyerɛ mo. “Momfa okuo dua nyɛ ɛpono a ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankra ntwa ho nhyia. Yɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankra fa ho. Yɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na fa nkawa ɛnan no tuatua ne nan ɛnan no biara akyi twɛtwɛwaso wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkawa no mu na wɔde apagya ɛpono no asoa. Fa okuo yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. Momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ nwowaa, ntere, nhina ne nsatoa. Ɛda biara, fa burodo to ɛpono no so wɔ mʼanim. “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako. Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no bɛnya nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho. Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwini mfa nsiesie no. Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ adeɛ fua a wɔde sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro ayɛ. “Monyɛ nkanea dua ntuatuaho nson wɔ kaneadua no ho wɔ ɛkwan bi so a ne hyerɛn no bɛto ne hann agu nʼanim. Kanea ntomaban akapɛ no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ. Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan na ɛho bɛhia sɛ mode yɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ merekyerɛ mo wɔ bepɔ so ha yi no. “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no. Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara. Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu. Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu. Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako. “Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so. Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia. Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano. Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano. Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi, na anammɔn baako ne fa nso asensɛn animu. Momfa nneɛma ahodoɔ mmienu mmɔ ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no nyɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu nyɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ. “Fa okuo yɛ ntaaboo na fatwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. Taaboo biara ɔsorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. Mobɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafoɔ. Wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so; nsisisoɔ no mmienu mmienu nhyehyɛ taaboo biara ase. Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. Ɛno nso wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na wɔde bɛtwa ho a ntaaboo mmienu sisi ntwea biara. Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu. “Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako, na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire. Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho. “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no. “Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no. Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so. Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi. “Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano. Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu. “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ma ɛnyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa. Yɛ mmɛn ɛnan tuatua afɔrebukyia no ntwea ɛnan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Okuo no a wode bɛyɛ afɔrebukyia no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ. Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so. Fa otwidadeɛ no hyɛ nsramma kyɛnsee no mu na fa si afɔrebukyia no basa a wɔayɛ no so. Fa okuo sene nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔrebukyia no. Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkawa a mode atuatua afɔrebukyia no ho no mu. Ntaaboɔ na momfa nyɛ afɔrebukyia no. Momma emu nna ɛkwan sɛdeɛ mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so no. “Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu. Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no. “Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu. Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano. Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu. “Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu. Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu. Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu. Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ. “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no. Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa. “Yi wo nua Aaron ne ne mmammarima Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar na te wɔn ho na wɔnyɛ asɔfoɔ nsom me. Pam atadeɛ kronkron ma wo nua Aaron na ama animuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atadeɛ no na ɛnyɛ fɛ, sɛdeɛ ɛbɛma afata nʼadwuma no. Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me. Ntadeɛ ahodoɔ a wɔbɛpam no nie: adaaboɔ asɔfotadeɛ, asɔfotadeɛ, atadeɛ yuu, atadeɛ kɔnsini a ɛyɛ damedame, abɔtiten ne abɔwomu. Wɔbɛpam ntadeɛ kronkron bi nso de ama Aaron mmammarima no. Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwono na ɛbɛpam. “Ma ntomanwono mu adwumfoɔ papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no. Wɔbɛpam no asinasini mmienu a ɛyɛ animu ne akyire a wɔapam ne mmatire no so abɔ mu. Abɔwomu no bɛyɛ ntoma korɔ no ara bi. Ɛbɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan. “Fa apopobibirieboɔ mmienu na twerɛ Israelfoɔ mmusuakuo no din gu so. Aboɔdenboɔ biara, wɔntwerɛ edin nsia ngu so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bɛdidi so mpanin mu. Fa ɛkwan a aboɔdenboɔtwafoɔ si fa twa edin gu adwinneɛ so, na twerɛ edin ahodoɔ no sɛdeɛ Israel mma no din te, na fa sika ntotoano twa ho hyia. Fa aboɔdemmoɔ mmienu no sisi asɔfotadeɛ no mmati so na ɛnyɛ nkaedeɛ mma Israelfoɔ. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade. Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim mmienu. Na fa mmobareeɛ mmienu a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare mfomfamho a ɛwɔ asɔfotadeɛ no mmati so no mu. “Momma odwumfoɔ a nʼadwinnie yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmuo adaaboɔ no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan na mompam adaaboɔ no sɛdeɛ mode pam asɔfotadeɛ no. Montwa ntomasini no ahinanan na ɛfa biara nyɛ nsateakwaa nkron na mompam mfam so mma ɛnyɛ sɛ kotokuo. Momfa aboɔdemmoɔ nsasoɔ ɛnan mmobɔ mu. Nsasoɔ a ɛdi ɛkan no nyɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no nyɛ akarateboɔ na deɛ ɛtwa toɔ no nyɛ ɛboɔ a ɛte sɛ ahahammonoboɔ. Nsasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. Nsasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ. Nsasoɔ a ɛtɔ so nan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ. Sikakɔkɔɔ ntotoano ntwa ne nyinaa ho nhyia. Aboɔdemmoɔ no baako biara bɛgyina hɔ ama Israel mmusuakuo no baako. Na wɔbɛtwerɛ abusua ko no din agu so sɛ nsɔanodeɛ. “Ɛkwan a mobɛfa so de adaaboɔ no afam asɔfotadeɛ no mu nie: yɛ sikakɔkɔɔ mmobareeɛ, na yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu, na fa tare adaaboɔ no apampam twɛtwɛwa so; wɔde sikakɔkɔɔ mmobareeɛ mmienu no bɛhyehyɛ adaaboɔ no nkawa mmienu no mu. Nhoma mmienu no a aka no, kyekyere biara ti bɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. Yɛ sika nkawa mmienu na fa hyehyɛ adaaboɔ ntwea mmienu a ɛwɔ asɔfotadeɛ no nkyɛn mu. Sane yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu hyehyɛ asɔfotadeɛ no ntwea so wɔ fam ma ɛnka abɔwomu no. Fa bibire nhoma kyekyere adaaboɔ no ase na fa hyehyɛ nkawa a ɛwɔ asɔfotadeɛ no ase no mu. Yei remma adaaboɔ no mfiri asɔfotadeɛ no ho nte ntwontwɔn. “Aaron bɛfa saa ɛkwan yi so na ɔde Israel mmusuakuo no din a ɛwɔ adaaboɔ no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na yei na ɛbɛma Awurade akae Israelman ɛberɛ nyinaa mu. Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a aseɛ ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adaaboɔ a ɛda ne koko so no kotokuo mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛdeɛ de ma ne nkurɔfoɔ ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no. “Wɔde ntoma tuntum na ɛbɛpam asɔfotadeɛ no a wɔagya ɛkwan bi a Aaron de ne tiri bɛwura mu. Ɛsɛ sɛ wɔtwa mfimfini tokuro ma ano no yɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba a ɛdi afrafra twa asɔfotadeɛ no mmuano ho hyia. Ɛberɛ biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotadeɛ yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na ɛdɔn no rewoso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwu. “Afei, boro sikakɔkɔɔ amapa ma ɛnyɛ trawa sɛ prɛte na twerɛ so sɛdeɛ wɔkurukyire nsɔanodeɛ so no sɛ: Kronkron Ma Awurade. Wɔde ntoma tuntum bɛsɔ mu asensɛn Aaron abotire no anim. Aaron de saa adeɛ no bɛbɔ ne moma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfoɔ no bɔ afɔdeɛ biara na mfomsoɔ ba ho a, ɛho asodie bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn. “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwono Aaron atadeɛ kɔnsini no. Ma ɛnyɛ damedame na fa ntoma korɔ no ara bi pam abotire na nwono biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. Pam atadeɛ yuu ne abɔwomu ne abotire ma Aaron mmammarima na momfa obuo ne anidie mma wɔn. Saa ntadeɛ yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmammarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ ɔsom no mu, na momfa nte wɔn ho sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ me dea. “Mompam serekye ntadeɛ a ɛfiri wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntadeɛ no agu so. Ɛberɛ biara a Aaron ne ne mmammarima no rekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔrebukyia no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a, afɔbuo bɛba wɔn so ma wɔawuwu. “Yei yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima. “Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm; afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn. Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no, na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no. Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so. Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn. Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa. “Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase. Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so. Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ. “Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa. Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. “Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa. Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim. “Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ. Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu. Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma Awurade. Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no. Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no Awurade anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ Awurade animuonyam. “Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn. Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ. “Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te. Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho. Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron. “Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho. Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea. “Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ. Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade. “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa. Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. “Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho. Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Onyankopɔn. “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so. Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho. Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia. Fa sikakɔkɔɔ nkawa mmienu bobɔ afɔrebukyia no afanu no nkyɛn mu ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. Wɔmfa okuo na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi wɔ mpata beaeɛ hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ hɔ no ho ban. Mɛhyia mo hɔ. “Ɛda biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ afɔrebukyia no so. Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru yɛ gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no). Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi. Ɛnsɛ sɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn. Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ. “Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu. Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Hwehwɛ nnuhwam papa sɛ kurobo, kilogram nsia, sinamon kilogram mmiɛnsa ne mmɛtire hwamhwam kilogram mmiɛnsa. Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan. Awurade ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, sɛ wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho. Awurade kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka, ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho. Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho. Monte ho na ɛnyɛ kronkron; biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi ho bɛte. “Momfa nsra Aaron ne ne mmammarima ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛte na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma ama me. Na monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei ne me srango kronkron. Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ ” Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ, na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron. Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu. Monnyɛ bi mfa, ɛfiri sɛ, wɔakora ama Awurade enti, ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛyɛ kronkron. Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no: “sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ, sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma; sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia; sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ; sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ; anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam. “Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no. “ ‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no. Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no. Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ ” Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no. Mose kyɛree wɔ bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ntɛm, yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.” Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyiyi mo sika nsonkawa nyinaa mmra.” Wɔyiyii wɔn nsonkawa no maa Aaron—mmaa ne mmarima ne mmarimaa ne mmaayewa nyinaa. Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam sɛ, “Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.” Aaron hunuu sɛ nnipa no ani agye sika nantwie ba ohoni no ho no, ɔsii afɔrebukyia sii nantwie ba no anim kaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.” Wɔsɔree anɔpahema firii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ de maa nantwie ba ohoni no. Ɛno akyi, wɔtoo ɛpono kɛseɛ bi, didi nomee, goroo abosomgorɔ, yɛɛ ahuhudeɛ hodoɔ. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ ntɛm na siane kɔ wo nkurɔfoɔ a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no nkyɛn, ɛfiri sɛ, wɔagu wɔn ho fi, na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka sɛ, ‘Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’ ” Awurade kaa sɛ, “Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi yɛ asoɔden na wɔsane yɛ adɔnyɛfoɔ fa. Enti afei, mede mʼabufuhyeɛ bɛtɔre wɔn ase na mama wo Mose mmom ayɛ ɔman kɛseɛ.” Nanso, Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyɛ saa. Ɔkɔɔ so sɛ, “ Awurade, adɛn enti na wo bo afu atia wo ara wo nkurɔfoɔ a wonam anwanwakwan ne wo tumi so yii wɔn firii Misraim asase so yi? Wopɛ sɛ Misraimfoɔ no ka sɛ, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔ no so sɛdeɛ ɔbɛnya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afiri asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae adwene a woafa sɛ wode rebɛtia wo nkurɔfoɔ no. Kae ɛbɔ a wohyɛɛ wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɛsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefoɔ na wɔatena so afebɔɔ.’ ” Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn. Afei, Mose siane firii bepɔ no so baeɛ a ɔkura Mmaransɛm Edu no a wɔatwerɛ agu aboɔ apono mmienu akyi ne animu no. Onyankopɔn no ankasa na ɔtwerɛɛ mmaransɛm no wɔ apono no so. Ɛberɛ a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!” Ɛnna Mose nso buaa no sɛ, “Ɛnnyɛ nkonimdie mu anigyeɛ anaa, nkoguo na mmom, ɛyɛ nnwontoɔ.” Wɔbɛduruu atenaeɛ hɔ, Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu wɔ bepɔ no ase. Ɔfaa nantwie ba no nanee no wɔ ogya mu na ɛdwoeɛ no, ɔyam no muhumuhu de guu nsuo mu maa nnipa no nomeeɛ. Afei, ɔbisaa Aaron sɛ, “Ɛdeɛn nko ara na nnipa no ka kyerɛɛ wo a enti ɛnam so maa wode saa bɔne kɛseɛ yi baa wɔn so?” Aaron buaa no sɛ, “Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi yɛ nnipa bɔne fa. Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.’ Enti, me nso mekaa sɛ, ‘Monyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkawa mma me.’ Wɔyiyi de maa me na mede guu ogya mu. Ɛne saa nantwie ba no.” Mose hunuu sɛ Aaron ama nnipa no adane adwamammɔfoɔ ama wɔn atamfoɔ anya wɔn no, ɔgyinaa wɔn atenaeɛ hɔ ɛpono no ano teaam sɛ, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifoɔ no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade Israel Onyankopɔn se, ‘Momfa mo akofena nhyehyɛ mo ho na monni mo atenaeɛ hɔ akɔneaba, na monkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.’ ” Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no. Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ, “Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ sɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree.” Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.” Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. Enti, meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.” Awurade buaa Mose sɛ, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afiri me nwoma mu. Enti afei, kɔ na di nkurɔfoɔ no anim kɔ beaeɛ a mekyerɛɛ woɔ no na mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfoɔ no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.” Na ɛsiane sɛ nnipa no somm Aaron nantwie ba no enti, ɔtee yadeɛ guu wɔn so. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, ɛfiri sɛ, mekaa sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.’ Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri sɛ, moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. Sɛ me ne mo kɔ a, anhwɛ a, mɛsɛe mo wɔ ɛkwan so.” Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.” Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ wɔ Bepɔ Horeb so. Na Mose sii hyiabea ntomadan wɔ sraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkutaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no edin “Ahyiaeɛ Ntomadan.” Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi sɛ ɔbɛduru ɛdan no ano. Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa. Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no. Ɛdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba. Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’ Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.” Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.” Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha. Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?” Awurade buaa Mose sɛ, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.” Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam. Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ. Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu. “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam. Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ aboɔ twerɛ apono mmienu te sɛ deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara pɛ ama wo. Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.” Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; me Awurade, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.” Mose kotoo Awurade somm no. Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.” Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no. Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim. Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi. Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu. Na monnsom onyame foforɔ biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no. “Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri sɛ, wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ. Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me. “Monnsom ahoni biara. “Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim. “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie. Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa. “Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi. “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome. “Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ. Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade wo Onyankopɔn anim. Sɛ mokɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu. “Mommfa burodo a mmɔreka wɔ mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma adeɛ nkye so. “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn. “Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.” Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, ɛfiri sɛ, ɛgyina hɔ ma me ne wo ne Israel apam.” Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so. Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn. Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ sɛ wɔbɛbɛn no. Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ. Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn. Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim, na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa. Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.” Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie. Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ; ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne abirekyie nwi, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ, okuo dua; kanea ngo, ɔsra ngo; nnuhwam a wɔhyeɛ; aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu. “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ: “Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ; Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ, Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo; nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo; aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa, nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano; kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu, adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano, Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma, asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.” Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade. Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade. Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no. Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “ Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so. Adwumfoɔ a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn adom akyɛdeɛ no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.” Enti, Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadie no sɛ wɔnhyɛ aseɛ. Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛeɛ no maa wɔn, na adekyeeɛ biara nso, na wɔnya akyɛdeɛ foforɔ. Akyire no, adwumayɛfoɔ no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen deɛ yɛhia.” Enti, Mose somaa obi ma ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, afei deɛ, obiara mmɛkyɛ wɔn adeɛ bio. Na obiara amfa hwee amma bio. Ɛfiri sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no die aboro so mpo. Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu. Nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. Wɔkekaa ntoma bamma enum sisii animu nyaa nsɛnanotam baako. Ɛnna wɔkekaa ntoma bamma enum a aka no nso sisii animu nyaa nsɛnanotam foforɔ. Wɔde ntoma bibire bamma aduonum wurawuraa nsɛnanotam a wɔkeka sisii animu no mu biara ano a kantankorowa baako biara ne baako di nhwɛanimu. Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum de sosɔɔ nkantankorowa no mu maa nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no yɛɛ nsɛnanotam baako. Wɔde ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi na ayɛ a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia kataa Ntomadan no so. Besaleel kekaa saa nkatasoɔ yi enum sisii animu ma ɛyɛɛ bamma tenten baako ɛnna ɔsane de afoforɔ nsia sisii animu maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. Afei, ɔbobɔɔ nkantankorowa aduonum wɔ emu biara ano ɛnna ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa nkantankorowa no, sɛdeɛ ɛbɛma nkataho no bɛkyere pintinn. Wɔsiesiee nneɛma ahodoɔ mmienu de kataa ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no yɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ. Wɔde okuo yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. Taaboo biara ɔsorokɔ no yɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. Nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. Na Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafoɔ a wɔn ase sisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so. Nsisisoɔ no mmienu mmienu hyehyɛ taaboo biara ase. Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho a ɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na ɛtwa ho, ɛnna ne twɛtwɛwa biara so nso, ntaaboo mmienu sisi. Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. Enti, ntaaboo nwɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu. Afei, ɔyɛɛ okuo nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum kɔ ntaaboo no fa baako. Wɔyɛɛ afoforɔ enum nso kɔɔ ɛfa baako. Na mmeamu nnua no enum nso bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu firi tire kɔkaa tire. Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa asosɔ mmeamu nnua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu nnua no nso ho. Wɔde ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamutam wɔ Ntomadan no mu. Na wɔyɛɛ okuo nnua fadum ɛnan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsosɔmu ɛnan maa ntwamutam no. Na fadum ɛnan no mu biara si dwetɛ nnyinasoɔ ɛnan so. Afei, wɔyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatanimu. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibire ne koogyan adi mu adwini na ɛyɛeɛ. Wɔde nkɔtɔkorɔ enum na asosɔ saa nkatanimu yi de akyekyere nnua enum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne mpomma no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinasoɔ enum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛeɛ. Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ. Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako. Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire. Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua. Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so. Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia. Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase. Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa. Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma. Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom yɛ adeɛ fua. Kaneadua no wɔ nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho. Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwini de asiesie no. Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa yɛ nsia. Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ. Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua. Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu wɔ aseɛ hɔ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu. Nnua a na wɔde soa no yɛ okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso. Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa. Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho. Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini. Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso. Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no. Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ. Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu. Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho. Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina. Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu. Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu. Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho. Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa. Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no. Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so. Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ Mose nyinaa. Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu. Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan (3,400). Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ. Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no. Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan (2,400). Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ, afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa. Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no. Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no. Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa sɛ ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie. Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu. Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no. Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no. Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ. Adaaboɔ no, wɔpamm no te sɛ asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu. Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ sɛ kotokuo a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan wɔ mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no yɛ bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ. Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no yɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia. Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te sɛ nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so. Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro. Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no. Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ wɔ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ. Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te sɛ ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano. Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ. Sɛ Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima. Wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no. Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa sɛ prɛte a wɔatwerɛ so: Kronkron Ma Awurade. Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no. Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsi no no. Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ; nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam, adaka no a Mmaransɛm Edu no wɔ mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no; Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo; Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam; Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma, deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu; ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu, nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano, ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie. Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no. Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu sɛ biribiara ntɔ kyema wɔ ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no ara pɛ na wɔyɛeɛ. Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no na si Ahyiaeɛ Ntomadan no. Wosi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamutam no tware Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ. Afei, fa ɛpono no bɛsi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no. Fa sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so no bɛsi Apam Adaka no anim. Fa ɛpono no nkatanimu sɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. “Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma. Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano. “Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho. Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron. Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho. “Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ. Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.” Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no. Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu. Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa. Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ Awurade se ɔnyɛ no. Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so. Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ, ɛnna ɔde sikakɔkɔɔ afɔrebukyia sii ntwamutam no ho pɛɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Afei, wɔde ohwam hyee nnuhwam sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano. Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho. Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ. Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose no. Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ. Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma. Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma. Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire. Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio. Awiaberɛ mu deɛ, Awurade omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu. Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no. “ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no. Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua. Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa. Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ. Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so. Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. “ ‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim wɔ afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa. Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so. Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ sɔ Awurade ani. “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma. Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu wɔ afɔrebukyia no apueeɛ fam. Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi. “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade. “ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie. Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no. Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ. Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no. Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade. “ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu. Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu. “ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade. Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ. Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim. “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara. Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho, na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo wɔ Awurade anim. Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie. “ ‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ. Sɛ mode odwan ba sɛ mo akyɛdeɛ a, momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa. Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho, ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho. Ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. “ ‘Sɛ obi de abirekyie brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a, fa wo nsa gu aboa no apampam naku no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no yɛ aboa no yam sradeɛ, ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho. Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea. “ ‘Yei ne mmara a monni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’ ” Afei Awurade hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so. “ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo, na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ. Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ, wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no. “ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ. Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim. Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so. Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ. “ ‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom Awurade Onyankopɔn mmara no baako na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama Awurade no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. “ ‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ. Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no. Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho. Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. “ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ. “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ. Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ. Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ. Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no. “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ. Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so, na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne. Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no. “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ. Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ. Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’ ” Awurade hyɛɛ mmara maa Mose sɛ, “Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔdeɛ. Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no. “Sɛ obi anhyɛ da na ɔbu Awurade mmara no bi so a, ɔdi fɔ enti ɛsɛ sɛ ɔtua afɔbudeɛ a Mose bɛhyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a ɔnni dɛm brɛ ɔsɔfoɔ sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de ayɛ mpatadeɛ ama no sɛdeɛ bɔne biara a ɔyɛeɛ a wanhyɛ da no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔdeɛ no sɛ afɔdie afɔrebɔ, ɛfiri sɛ, ɔdi fɔ pefee wɔ Awurade anim.” Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔmpɛ sɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko, anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane wɔ ho sɛ dekodeɛ no nni ne nkyɛn a, sɛ obi yɛ bɔne na ɔdi ho fɔ a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba. Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no. Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ sɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. ‘Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye. Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha wɔ aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn. Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no. Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara ogya no kɔ so dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. “ ‘Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama Awurade. Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ ananmusideɛ ama Awurade; na Awurade ani bɛsɔ. Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ. Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron. Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ. Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie. Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no. Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.” Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho yɛ kronkron yie enti ɛsɛ sɛ wɔkum no Awurade anim wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no. Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ. Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔsi ntadeɛ no wɔ beaeɛ a wɔate ho hɔ. Kukuo a wɔnoaa ɛnam no wɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie. Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no bi—wɔn nko ara—ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron yie. Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ de kɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa wɔ Awurade anim. “ ‘Amanneɛ a ɛfa bɔne afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron no nie: Wɔbɛkum aboa a wɔde no rebɔ afɔdeɛ no wɔ beaeɛ a wɔkumm aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔde ne mogya no apete afɔrebukyia no ho ahyia. Ɔsɔfoɔ no de aboa no mu sradeɛ nyinaa, ne dua, ne sawa mmienu ne ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo no nyinaa bɛgu nkyɛn de abɔ saa afɔdeɛ no. Asɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so sɛ ɛfɔdie ho afɔdeɛ de ama Awurade. Mmarima a wɔfra asɔfoɔ no mu nko ara na wɔbɛwe ɛnam no bi. Wɔnwe no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛho te yie. “ ‘Amanneɛ korɔ no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔdeɛ ne ɛfɔdie afɔdeɛ no. Ɔsɔfoɔ a ɔdi mmaratodeɛ no ho dwuma no na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛnam no. Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ a, wɔde aboa no ho nhoma no bɛma ɔsɔfoɔ a ɔbɛdi dwuma no. Sɛ asɔfoɔ a wɔbɔ atokoɔ ho afɔdeɛ ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atokoɔ no nkaeɛ bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔdeɛ no, wɔto o, wɔkye o, wɔnoa o, amanneɛ korɔ no ara ase na ɛhyɛ. Atokoɔ afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmammarima nyinaa dea. “ ‘Amanneɛ a ɛfa asomdwoeɛ afɔdeɛ sononko a wɔbɔ ma Awurade no nie: “ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, wɔmfa burodo a mmɔreka nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa burodo ntrawa bi a wɔde ngo agu so ne asikyiresiam mfrafraeɛ a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔdeɛ no ho. Wɔmfa burodo a wɔde mmɔreka afra nka saa aseda asomdwoeɛ afɔdeɛ yi ho. Wɔde saa afɔrebɔdeɛ yi bi bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔahim no afɔrebukyia no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ, wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdane afɔrebɔdeɛ no ama ɔsɔfoɔ a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no mogya a ɔboa dwumadie no. Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔdeɛ de ma no sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedadeɛ a, wɔbɛwe ne nam ɛda no ara. Ɛnsɛ sɛ ebi ka na adeɛ kye a wɔawe. “ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔdeɛ bi ba a ɛnyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa ɛfiri nʼakoma mu na ɔde rebrɛ Awurade deɛ a, deɛ ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ adeɛ kye so a, wɔtumi we. Biribiara a ɛbɛka a ɛbɛdi nnansa no deɛ, wɔnhye no. Sɛ obi we deɛ adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔdeɛ no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔdeɛ, na onipa a ɔde baeɛ sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔdeɛ no rennya ho mfasoɔ biara. Ɔsɔfoɔ a ɔbɛwe no nso bɛdi ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa ɛnam no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho. “ ‘Ɛnam biara a ɛka biribi a wɔntee ho no, wɔnnwe; wɔnhye no. Ɛnam biara a aka deɛ, obiara a ne ho te wɔ ho kwan sɛ ɔwe. Ɔsɔfoɔ biara a ne ho nte na ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi. Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho nte no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na ɔguu ho fi na ɔbɛdii asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.’ ” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnnni sradeɛ, sɛ ɛfiri anantwie, nnwan anaa mmirekyie mu. Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ. Obiara a ɔbɛdi sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, wɔbɛtwa no asuo. Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa. Obiara a ɔbɛyɛ saa no, wɔbɛtwa no asuo.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔno ara mfa nkura ne nsam mfa mmra. Ɔmfa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ sradeɛ ne ne yan a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no mmra. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so na ne yan no deɛ, Aaron ne ne mmammarima bɛfa, na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no. Na Aaron mmammarima no mu deɛ ɔde mogya ne sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ no mu bɛba afɔrebukyia no so na ɔbɛfa srɛ nifa no. Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmammarima. Ɛberɛ biara, wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmammarima.” Wɔn akatua ne no: Ɔhyeɛ afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfoɔ a ɛyɛ Aaron ne ne mmammarima. Ɛfiri sɛ, ɛda a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfoɔ mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Yeinom ne amanneɛ a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ, atokoɔ afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, ɛfɔdie afɔrebɔ, ahoteɛ afɔrebɔ ne asomdwoeɛ afɔrebɔ ho. Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛhunu ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔdeɛ ahodoɔ no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.” Afei, ɔfaa Aaron ne ne mmammarima de nsuo hohoroo wɔn ho, de Aaron atadeɛ sononko a ne mmeamu ka ho de ne batakari a asɔfotadeɛ a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔwomu hyɛɛ no. Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu. Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho. Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho. Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, Mose de mmatakari no hyehyɛɛ Aaron mmammarima a abɔwomu ne ɛkyɛ ka ho sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam, ma Mose kumm no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔrebukyia mmɛn nan no ho ne afɔrebukyia no ankasa ho de tee ho, ɛnna ɔhwiee mogya no nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase de tee ho sɛ mpatadeɛ. Ɔfaa nʼayamdeɛ ho sradeɛ ne ne berɛboɔ ho sradeɛ ne ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ hyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Wɔhyee nantwinini ba no ne ne nhoma ne nʼagyanan wɔ sraban no akyi sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Afei, ɔde odwennini maa Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam na Mose kumm no de ne mogya no bi petee afɔrebukyia no ho nyinaa. Afei, ɔbobɔɔ odwennini no nam na ɔhyee asinasini no a ne ti ne ne sradeɛ ka ho. Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ Awurade anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ Awurade ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ ahoteɛ dwennini baeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu nʼapampam. Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmammarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no nkaeɛ petee afɔrebukyia no ho nyinaa. Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so. Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma Awurade. Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani. Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa Awurade dwumadie. Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no. Ɛnam ne burodo biara a ɛbɛka no, monhye. Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadie no. Mose kaa bio sɛ, deɛ ɔyɛɛ no ɛda no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. Ɔsane hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mofiri hɔ a, mobɛwuwu. Yei ne asɛm a Awurade aka.’ ” Enti, Aaron ne ne mmammarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so. Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim. Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.” Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.” Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ. Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase. Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa, Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so. Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho. Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa Awurade sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no. Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho. Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa. Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo. Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so. Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam. Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na Awurade animuonyam baa nnipa no nyinaa so. Na ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ Awurade anim. Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim. Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn. Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “ Awurade kaa sɛ, “ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa ahyɛ me animuonyam no, aseɛ ne no.’” Na asɛm no tɔree Aaron mumu. Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.” Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no. Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso. Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri sɛ, Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so. Afei, Awurade hyɛɛ Aaron sɛ, “Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Wo nnwuma ne sɛ, wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam, na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.” Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Sɛ mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no wɔ afɔrebukyia no ho. Monhwɛ sɛ mmɔka nni mu ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ. Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu. Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.” Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu sɛ wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no. “Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn wɔ Awurade anim. Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no enti, anka mobɛtumi awe no hɔ ara sɛdeɛ mehyɛeɛ no.’ ” Aaron srɛɛ Mose maa ne mma no sɛ, “Ɛnnɛ me mma no bɔɔ wɔn bɔne afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔdeɛ ɛnam yi bi ɛnnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ anaa?” Na Mose tee saa no, ɔgye too mu. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu. Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no. “ ‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ; Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa. Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo. “ ‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu; nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi. Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu. Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi. “ ‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo, ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa, anene (wɔn ahodoɔ nyinaa), sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ, bakanoma, nantwinoma, opete, asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan. “ ‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe agye wɔn a wɔhuri; ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we. Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi. “ ‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi. “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi. Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ. Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ. “ ‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura, efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ. Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio. Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no. Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara. Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo. Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi. Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi, nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi. “ ‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ. Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ. “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam. Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi. Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. “ ‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara sɛ, “Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia. Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa. “Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho. “Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ. Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio.” Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Sɛ obi hunu sɛ biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi kɔ ne honam mu a, ɔnhunu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako na ɔhwɛ ahonoeɛ no. Sɛ enwi a ɛsi ahonoeɛ hɔ dane yɛ fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no da no adi sɛ ɔyarefoɔ no yɛ ɔkwatani. Na sɛ ahonoeɛ no ntɔɔ honam no mu na sɛ ahonoeɛ hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no yi ɔyarefoɔ no firi nnipa mu nnanson. Nnanson no duru a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no bio na sɛ ahonoeɛ no nsesaeɛ na ɛntrɛtrɛɛ honam no ani a, ɔsɔfoɔ no bɛsane atwa no asuo nnanson bio. Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ɔhunu sɛ yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa sɛ, ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti sɛ ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. Na sɛ nso ɔyarefoɔ no ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn ma ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ a, ɛsɛ sɛ ɔsane ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn bio na ɔhwɛ no na sɛ yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ. “Sɛ obi nya ɔhonam ani nsaneyadeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ no. Sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na ekuro atɔ saa beaeɛ hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de to dwa sɛ amanneɛ kwan so no, onipa no ho nte. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ yadeɛ no mu bio, ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ honam no ayɛ kwata. “Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa firi ne tiri so kɔsi ne nan ase nyinaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ, ne honam nyinaa adane ayɛ fitaa. Na sɛ akuro no bi pue ne honam no baabi foforɔ a, wɔbɛpae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka ntɛm ara a ɔhunu ekuro wɔ honam no fa baabi, ɛfiri sɛ akuro no kyerɛ sɛ kwata wɔ honam no mu. Na sɛ akuro no wu na ɛdane yɛ fitaa sɛ honam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ bio. Ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ honam no fa hɔ ayɛ fitaa deɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no. “Sɛ pɔmpɔ si obi na ɛgyae na sɛ baabi a pɔmpɔ no siiɛ no biribi hyɛnn, bi anaa deɛ ɛbere kakra hono wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi kɔ ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri sɛ, kwata apue afiri pɔmpɔ no mu. Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ enwi fitaa biara nni baabi a yadeɛ no wɔ hɔ no, na yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosuo no yɛ nsonso a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson. Saa ɛberɛ no mu sɛ beaeɛ hɔ no trɛtrɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, onipa no yare kwata. Na sɛ beaeɛ a ɛhɔ ayɛ hyɛnn no anhono bio na antrɛtrɛ a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, ne ho te. “Sɛ obi hyehye na sɛ nhyehyeeɛ no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ hɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ adeɛ a adidi kɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu sɛ nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ yɛ hyɛnn no, na sɛ hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson na wahwɛ no bio ne nnanson so. Sɛ yadeɛ no trɛ fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ kwata ayɛ onipa no. Nanso sɛ honam no fa hɔ a ayɛ hyɛnn no antrɛtrɛ honam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ deɛ ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nhyehyeeɛ twa bi, enti ɔsɔfoɔ no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata. “Sɛ ekuro da ɔbarima anaa ɔbaa bi tirim anaa nʼafono ho a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no adidi kɔ honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ wɔ ekuro no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka sɛ onipa no yare kwata. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na mmom, ɛwɔ honam no ani a enwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa no firi nnipa mu nnanson, na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. Sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi wɔ mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔbɛwerɛ enwi a atwa ekuro no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ ekuro no mu ankasa) na ɔsɔfoɔ no ayi no afiri nnipa mu nnanson bio. Ne nnanson so, ɔbɛsane ahwɛ no bio na sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ, nnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ onipa no ho ate na sɛ ɔsi ne ntoma wie a, na afei wadi mu. Na sɛ akyire no saa yadeɛ no trɛtrɛ a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no bio a ɔnhwɛ sɛ enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ fra yadeɛ no mu na ɔpae mu ka sɛ, onipa no yare kwata. Na sɛ yadeɛ no trɛ a ɛretrɛtrɛ no gyae na sɛ enwi tuntum fu wɔ beaeɛ hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, ne ho ate. “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani yɛ fitaa nahanaha, na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi. “Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! Sɛ obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, onipa no yare kwata. “Onipa biara a wɔbɛhunu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam sɛ, ‘Me ho nte! Me ho nte!’ Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no sɛ ne ho nte enti ɛsɛ sɛ ɔtena kuro no akyi baabi. “Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ. Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ akɔsie nnanson na nnanson so no, wasane ahwɛ bio. Na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a ɛtumi sane nnipa, enti ɛsɛ sɛ ɔde ogya hye ntoma, kuntu ne ntadetam ne aboa nhoma no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛnam yeinom so bɛtumi ama yadeɛ no asane nnipa. “Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisiiɛ no ntrɛtrɛeɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔasi nneɛma a wɔdwene sɛ yadeɛ no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. Sɛ nnanson bio akyi faako a yadeɛ no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri sɛ, yadeɛ no adidi kɔ mu ara yie. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nneɛmasie no akyi, nsisiiɛ no ano abrɛ ase a, ɔbɛtwa hɔ afiri ntoma anaa aboa nhoma a wɔde adi dwuma bi no mu. Na sɛ ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye no. Sɛ wɔsi na asɛm biara amma ho a, wɔtumi de di dwuma biara ɛberɛ a wɔasane asi bio no.” Yeinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekodeɛ no mu anaa ebi nni mu no ho. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛda a wɔbɛdwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara nie: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ, na ɔsɔfoɔ no ahwɛ no wɔ sraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no agyae a, ɔbɛbisa nnomaa mmienu bi a wɔwe, na afei wɔde ntweneduro, koogyan ahoma ne hisope mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛdeɛ ama ɔkwatani no abrɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ ayowaa a nsuo wɔ mu so. Na anomaa a wɔnnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne ntweneduro no ne koogyan ahoma no ne hisope mman no bɛhyɛ anomaa a wɔkumm no no mogya no mu. Na ɔsɔfoɔ no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afiri no so mprɛnson, na wapae mu aka sɛ ne ho ate na wagyaa anomaa a wɔnkum no no. “Na ɔyarefoɔ a ne ho atɔ no no bɛsi ne ntoma nyinaa. Ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa nso. Ɔbɛdware na wasane abɛtena baabi a kane no na ɔte hɔ bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan akyi nnanson. Nnanson no so no, ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa bio, ɔbɛyi nʼabɔgyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na wadware, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho ate. “Ɛda a ɛdi so a ɛyɛ nnawɔtwe so no, ɔbɛfa nnwammaa anini mmienu a wɔn ho nni dɛm ne odwammaa bereɛ baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikyiresiam muhumuhu lita nsia a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. Afei ɔsɔfoɔ a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefoɔ no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔdeɛ bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. “Ɔsɔfoɔ no bɛfa nnwammaa no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ ɛfɔdie afɔrebɔ a wɔhim no wɔ afɔrebukyia no anim. Afei, wɔbɛkum odwammaa no wɔ beaeɛ a wɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdie afɔrebɔdeɛ yi bɛma ɔsɔfoɔ no sɛdeɛ wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa. Ɔsɔfoɔ no bɛfa saa ɛfɔdie afɔrebɔdeɛ mogya na ɔde akeka ɔyarefoɔ a wɔrete ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim. Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfoɔ no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔde ɛfɔdie mogya yɛeɛ wɔ ɛfɔdie afɔrebɔ no mu no ara pɛ. Ɔde ngo no nkaeɛ a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔ ɔbarima no tiri ho. Yei bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no de ne ho ayɛ mpatadeɛ ama onipa no wɔ Awurade anim. “Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no bɔ bɔne afɔdeɛ na ɔsane yɛ mpatadeɛ ho adeɛ ma onipa a wɔrehohoro ne ho afiri ne kwata mu no ho; ɛno akyi, ɔsɔfoɔ no bɛkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no na ɔde abɔ ɛne atokoɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de ayɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afiri. “Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nnwammaa mmienu no a, ɛnneɛ, ɔde odwammaanini baako bɛbɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no de ama Awurade sɛ mpatadeɛ a wɔhim no afɔrebukyia no anim; na wɔde asikyiresiam fitaa muhumuhu lita mmienu ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atokoɔ afɔdeɛ no a ngo akɔtoa ka ho. Ɛno akyi, ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu mu biara a ɔbɛnya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na ɔde baako a ɔbɛka no nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. “Ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔsɔfoɔ no de adwira no wɔ Awurade anim. Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade. Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim. Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔyɛɛ mogya no ɛberɛ a ɔrebɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no. Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔ ɔbarima a wɔredwira no no tiri ho de yɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim. Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mmienu no mu biara a ɔtumi tɔeɛ no ba. Wɔde mmienu a ɔnyaeɛ no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a saa ɛberɛ no ara mu wɔbɛbɔ atokoɔ afɔdeɛ nso, na ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.” Yeinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔte wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wɔntumi mfa afɔrebɔdeɛ a ɛho hia no nyinaa mma no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Sɛ moduru Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afie bi mu a, ɛnneɛ, efiewura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfoɔ no na ɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fie ha!’ Ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔatu efie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka sɛ kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforɔ ho fi wɔ hɔ. Sɛ ɔhunu nsensaneɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ efie no afasuo ho a anonom kɔ afasuo no mu a, ɔbɛto efie no mu nnanson na ne nnanson so no, wasane aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensaneɛ awurawura afasuo no mu a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛ nsisiiɛ no afiri hɔ na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ ho nte wɔ kuro no akyi baabi. Afei, ɔbɛhyɛ ama afasuo a ɛwɔ efie no mu no, wɔawerɛwerɛ no yie na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ nte wɔ kuro no akyi baabi. Na wɔde aboɔ foforɔ bi abɛhyɛ deɛ wɔwerɛwerɛeɛ no anan na wɔde dɔteɛ foforɔ asra efie no ho. “Na sɛ nsisiiɛ no ba bio a, ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte. “Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa ɔbɛdidi wɔ efie hɔ no bɛsi ne nneɛma nyinaa. “Na sɛ wɔsra efie no ho bio na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na nsisiiɛ no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka sɛ wɔate efie no ho na kwata no nso kɔ. Ɔbɛdi efie no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa mmienu, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne hisope mman na ɛbɛdi saa dwuma no. Ɔbɛkum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ ayowaa mu so, na ɔde sida dua no ne hisope mman ne ahoma kɔkɔɔ ne anomaa a wɔnkum no no anu anomaa a wakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete efie no mprɛnson. Wɔyɛ yei de te efie no ho. Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.” Yeinom ne mmara a ɛfa mmeammea a kwata ba hɔ ho. Sɛ ɛyɛ atadeɛ mu anaa efie mu, anaa honam ani nhonhonoeɛ, anaa ɔhyehyeɛ mu mpumpunnya anaa honam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyɛnn. Saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa ahunu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata. Yei enti na wɔhyɛɛ saa mmara yi. Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi. Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi. “ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi; enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. “ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no. “ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware. “ ‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. “ ‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. “ ‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho. “ ‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no. Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti. “ ‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ. Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ. Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ. “ ‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ. “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi. Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ. Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ, sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa. “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi. “ ‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm, na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho. “ ‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’ ” Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no. Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu. “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. “Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ. Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔsane de no korɔ. Aaron de abirekyie a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔdeɛ no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Wɔrenkum abirekyie baako a aka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ho dwumadie bi agu ne so na wɔde no akɔ ɛserɛ so akɔgya no wɔ hɔ sɛ mpatadwan. “Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no, ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi. Ɛhɔ na ɔde aduhwam no bɛgu bidie no so wɔ Awurade anim na ayi wisie kumɔnn wɔ mpata beaeɛ apam ne adaka (a aboɔ apono a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenwu. Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beaeɛ hɔ apueeɛ fam na wapete no mprɛnson wɔ animu. “Afei, ɛsɛ sɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ hɔ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara pɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. Sɛ Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie. “Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyie mogya no fɔre mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no ho, na ɔde ne nsateaa baako pete mogya no mprɛnson gu afɔrebukyia no so de te ho firi Israelfoɔ bɔne no ho yɛ no kronkron. “Sɛ ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so. Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ. “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ. Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn. Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. “Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ hɔ bio. Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho. Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ hɔ bio. “Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ; ɛfiri sɛ, ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim. Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ modi ɛda no dinn wɔ ahobrɛaseɛ mu. Ɛyɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Saa ahyɛdeɛ yi, awoɔ ntoatoasoɔ akyi, Ɔsɔfopanin a wɔasra no no na ɔbɛsi ne nana Aaron anan adi ho dwuma wɔ beaeɛ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atadeɛ kronkron nahanaha no na ɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no. “Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.” Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no nyinaa so. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Hyɛ saa mmara a ɛfiri Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa. Israelni biara a ɔde nantwie, odwammaa anaa abirekyie bɛbɔ afɔdeɛ wɔ sraban mu anaa akyire no a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu. Saa mmara yi bɛbra Israelfoɔ no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔdeɛ wɔ wiram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔdeɛ no abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛtumi de ama Awurade sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ. Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ. Na ama ɔmanfoɔ agyae afɔdeɛ a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wiram no. Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. “Meti mu bio sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔne mo te no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no anaa afɔrebɔ no ba, na sɛ wɔamfa amma Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano amfa amma Awurade a, wɔbɛtwa mo asuo afiri ɔmanfoɔ mu. “ ‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu. Ɛfiri sɛ, ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔrebukyia no so sɛ mpatadeɛ mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu enti na wɔde yɛ mpatadeɛ ma onipa kra. Ɛno enti, mereka akyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Mma wɔn anaa ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nni mogya.” “ ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɔ na ɔbɛkum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔne ne mogya na ɔmfa mfuturo nkata so, ɛfiri sɛ, aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, “Monnni mmogya, ɛfiri sɛ, nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a ɔdi mogya no, ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo.” “ ‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awuo anaasɛ akekaboa bi na ɔkumm no no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ; ɛno akyi, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ ne ho ate. Na sɛ wansi ne ntoma annware a, wɔne no bɛdi no sɛdeɛ mmara no seɛ.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mene Awurade mo Onyankopɔn, enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn. Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn. Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade. “ ‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade. “ ‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame. “ ‘Anaa nʼagya yerenom mu bi. “ ‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu. “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani. “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa. “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ. “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ. “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no. “ ‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase. “ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea. “ ‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso. “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi. “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade. “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ. “ ‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so. Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so. Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa. Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi. Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no. “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu. Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron. “ ‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no. Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo. Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu. “ ‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase. Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Mommmɔ korɔno. “ ‘Monntwa atorɔ. “ ‘Na monnsisi obiara. “ ‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade. “ ‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi. “ ‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so. “ ‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade. “ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ. “ ‘Monnni nsekuro. “ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade. “ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara. “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade. “ ‘Monni me mmara so: “ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi. “ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu. “ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye. “ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho. Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini. Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no. “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi. Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam. “ ‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so. “ ‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no. “ ‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene Awurade. “ ‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase. “ ‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene Awurade. “ ‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade. “ ‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn. Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu. Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no. “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Obiara a ɔfiri mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ no, wɔbɛsi no aboɔ. Na mʼankasa mɛtia saa onipa no na matwa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, ɔde ne ba ama Molek ama mʼAhyiaeɛ Ntomadan adane baabi a metena a ɛnyɛ yie, na wagu me din kronkron no nso ho fi. Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wɔnnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔdeɛ ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa mɛtia ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo. “ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu. “ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no. “ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya. “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa. “ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa ayɛ bɔne kɛseɛ. “ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi. “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wɔnkum wɔn baanu no nyinaa. Wɔn ara na wɔpɛ wɔn wuo. “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa bi na ɔsane kɔfa ɔbaa no maame ka ho a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ. Wɔbɛhye saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumuyɛsɛm afiri mo mu. “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, wɔbɛkum ɔbarima no na wɔakum aboa no nso. “ ‘Sɛ ɔbaa nso ma aboa fa no a, monkum ɔbaa no ne aboa no nyinaa, ɛfiri sɛ, saa asotwe no fata wɔn. “ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabaa da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babaa o, sɛ nso ɛyɛ ne maame babaa o, ɛyɛ animguasesɛm, enti wɔbɛgyina badwa mu atwa wɔn asuo afiri Israelfoɔ mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdie. “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbaa a wabu ne nsa a, wɔbɛtwa wɔn baanu no nyinaa asuo, ɛfiri sɛ, ɔbarima no ada ɔbaa no ho a ɛnte no adi. “ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ. Saa ara nso na ɔne ne maame nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ ara ne no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso. “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa adeɛ a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotweɛ ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔnwo ba. “ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afideɛ, ɛfiri sɛ, wafa ne nua adeɛ na wɔn nyinaa renwo ba. “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so na mampam mo amfiri mo asase foforɔ yi so. Monnni ɔman no amanneɛ a maka no wɔ mo anim sɛ ɛnyɛ no akyi, ɛfiri sɛ, nneɛma a wɔyɛ a ɛnyɛ no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dada. Ɛno enti na mekyiri saa aman no. Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu. “ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso mohunu nnomaa ne mmoa a mama mo ho ɛkwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonsonoeɛ. Ɛwom sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so deɛ, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuo. Mobɛyɛ kronkron ama me ɛfiri sɛ, me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afiri nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me dea. “ ‘Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛ samanfrɛfoɔ anaasɛ ɔsumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mokum wɔn. Ɛsɛ sɛ mosi wɔn aboɔ. Ɛyɛ bɔne kɛseɛ.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ asɔfoɔ no sɛ, ‘Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi. Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no. Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no. “ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron. “ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu. Ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ efunu ho—nʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ho. Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade. “ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu. Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Mene Awurade a metee ne ho no.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo. Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no. Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron. Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na wate hɔ ho.” Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ, wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade. “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade. “Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no, anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no, saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware. Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛte na ɛno akyi ɔbɛtumi adi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼaduane. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aboa funu anaa deɛ akekaboa bi atete ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade. “Bɔ asɔfoɔ no kɔkɔ na wɔnni saa mmara yi so yie, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so enti. Mene Awurade a mate wɔn ho. “Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wɔdi bi. Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi. Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. “Sɛ obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ ɔtua ho ka na ɔsane bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. Ɛfiri sɛ, afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnni bi no di bi, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no. Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, ɛfiri sɛ, wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no, sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye. Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛdɛm wɔ ho bɔ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ, wɔrennye. Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye. Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ wɔ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔdeɛ ɛkwan biara so. Saa mmara yi da hɔ ma ahɔhoɔ a wɔfra mo mu a wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ne mo ankasa, ɛfiri sɛ, aboa biara a wadi dɛm no nyɛ mma saa afɔrebɔ no.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ wɔwo nantwie, odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne maame nkyɛn nnanson. Na ɛfiri nnawɔtwe rekorɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔdeɛ a, Awurade bɛgye. Ɛnsɛ sɛ mokum aboa bi ne ne ba ɛda koro, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan. “Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɛkwan pa so, ɛne sɛ, mobɛwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no nam ɛda no ara a wɔkumm no no. Mommma adeɛ nnkye ebi so. Mene Awurade. “Monni me mmarahyɛ nyinaa so na mene Awurade. Ɛnsɛ sɛ mogu me din kronkron ho fi. Monni me ni na me, Awurade, na metee mo ho de mo bataa me ho, nam so gyee mo firii Misraim ma mobɛyɛɛ mʼankasa me nnipa! Mene Awurade.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ma Israelfoɔ nte sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wɔdi Awurade afahyɛ ahodoɔ no mmerɛ a Israelfoɔ nyinaa bɛhyia asom me no. “ ‘Mowɔ nna nsia a mode yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ Homeda a mode home, ɛda a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ baabi a moteɛ. Ɛyɛ Homeda ma Awurade. “ ‘Yeinom ne Awurade apontoɔ, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ ho dawuro wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ: Wɔfiri Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Awurade Apiti Afahyɛ nso, wɔfiri aseɛ saa ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so dunum; na mobɛdi apiti nnanson. Ɛda a ɛdi saa afahyɛ yi ɛkan no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron, na monnyɛ adwuma biara. Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade ɛda biara. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ. Ɔbɛhim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade bɛgye sɛ mo akyɛdeɛ. Ɛda no ara, mode odwennini a wadi afe a ɔnnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho. Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. “ ‘Homeda no akyi ɛda a ɛdi ɛkan a wɔmaa atokoɔ afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔdeɛ no, mobɛfiti aseɛ abubu nnawɔtwe nson. Monkan adaduonum a ɛkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyi ɛda koro na momfa atokoɔ foforɔ mmɛbɔ afɔdeɛ mma Awurade. Yei bɛyɛ burodo mmienu a mode bɛfiri mo afie mu bɛba. Na wɔbɛhim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikyiresiam lita ɛnan a wɔde mmɔreka afra nto saa burodo yi. Ɛyɛ mo aduane a ɛdi ɛkan afɔrebɔdeɛ a mode rema Awurade. Mode burodo ne nsã bɛka nnwan mma nson a wɔadi afe a ɛdɛm biara nni wɔn ho ne nantwie ba baako ne nnwennini mmienu ho abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. Yeinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani yie. Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ. Na mode nnwammaa mmienu a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Asɔfoɔ no bɛhim saa afɔrebɔdeɛ yi ne burodo mmienu a ɛsi mo mfudeɛ a ɛdi akyire no ananmu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfoɔ no sɛ wɔn aduane. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron ho dawuro, na monnyɛ adwuma biara. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. “ ‘Sɛ motwa mo mfuo mu nnɔbaeɛ a, monntwa ntu aseɛ nnɔbaeɛ no, na deɛ aporo agu fam no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔnni asase bi a wɔdidi so no. Mene Awurade mo Onyankopɔn!’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae. Saa ɛda no, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Saa bosome a ɛtɔ so nson yi ɛda a ɛtɔ so edu ne Mpata Ɛda no. Monyɛ nhyiamu kronkron, monni abuada na mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade Monnyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Mpata Ɛda, ɛberɛ a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim. Obiara a wanni ɛda no ahonu ne awerɛhoɔ so wɔ ne bɔne ho no, wɔbɛyi no afiri ne nkurɔfoɔ mu. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no, mɛsɛe no. Monnyɛ adwuma biara koraa. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, wɔ baabiara a mobɛtena. Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nkron kɔsi ɛda edu no anwummerɛ no, ɛsɛ sɛ modi mo Homeda.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi. Ɛda a ɛdi ɛkan no yɛ nhyiamu kronkron ɛda; monnyɛ adwuma biara. Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma Awurade. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara. “ ‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara. Monni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔdeɛ nso bɛka mo ankasa ayɛyɛdeɛ, ɛbɔ a moahyɛ ne deɛ mofiri mo pɛ mu de ma Awurade ho. “ ‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna. Ɛda a ɛdi ɛkan no, montwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhahan wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Onyankopɔn anim nnanson. Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Saa nnanson no mu, mo a moyɛ Israelfoɔ mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase. Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfoɔ no firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, me na megyee mo firii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ” Yeinom ne Awurade afahyɛ ahodoɔ a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Enti, Mose kyerɛɛ afahyɛ ahodoɔ a Israelfoɔ no bɛbɔ ama Awurade. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da, adanseɛ ntwamutam no akyi wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, Aaron bɛhwɛ nkanea a ɛwɔ Awurade anim no so, firi anwummerɛ kɔsi anɔpa biara. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkanea a ɛsisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so ɛberɛ biara. “Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara. Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim. Mode aduhwam pa bɛgu kyerɛpɛn biara ho de asi burodo no anan mu ayɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ ogya so ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ. Burodo yi yɛ Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔ kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu.” Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ. Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu. Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no. Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe: obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. “ ‘Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Obiara a ɔkum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu. Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bɛpira no bi saa ara. Dompe mu bu nsi dompe mu bu ananmu; ani nsi ani ananmu; ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ obi pira ɔfoforɔ no, saa ara na wɔmpira ɔno nso. Obiara a ɔbɛkum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wɔkum no bi. Mmara korɔ no ara wɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromani. Mene Awurade, mo Onyankopɔn.’ ” Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, na wɔyii obusuyɛni no firii atenaeɛ hɔ kɔsii no aboɔ. Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Mose wɔ Sinai Bepɔ so no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede rebɛma mo no so a, mfeɛ nson biara, momma asase no nya Awurade mu homeda. Momfa mfeɛ nsia nnua mo nnɔbaeɛ wɔ mo mfuo mu na monyiyi mo bobe turo mu na montwa mo nnɔbaeɛ. Na mfeɛ nson so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Monnnua so aba. Afe no nyinaa mu, monnyiyi mo bobe turo no mu. Na aba biara a moadua no, monnte mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home. Nanso, aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduane ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔhoɔ, wʼayɛmmoa ne wiram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Monni biribiara a asase no bɛma biara. “ ‘Bubu Homeda mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, na wobɛnya mfeɛ aduanan nkron. Afei, bosome a ɛtɔ so nson no ɛda edu no yɛ Mpata Ɛda. Monhyɛn totorobɛnto wɔ baabiara. Mpata Ɛda no, monhyɛn totorobɛnto no dendeenden nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara. Monte mfeɛ aduonum no ho na mompae ahofadie mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsane akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafoɔ ho. Aane, mfeɛ aduonum no bɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo; monnnua biribiara na monntwa nnɔbaeɛ biara, na bobe a moadua nso, monnte so aba. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho teɛ. Monni deɛ monya firi asase no mu nko ara. “ ‘Saa mfirinhyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so. “ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛeɛ a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapadeɛ bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko. Sɛ woretɔ asase afiri wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfeɛ dodoɔ no so fa afiri Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛtwaam no. Ɔdetɔnfoɔ no bɛgye wo boɔ a ɛgyina mfeɛ dodoɔ a aka ansa na mfirinhyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. Mfeɛ no dodoɔ na ɛma ɛboɔ no kɔ soro. Saa ara nso na mfeɛ kakra bi ma ɛboɔ no kɔ fam. Yeinom nyinaa mu, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodoɔ a wɔbɛtwa afiri asase no so. Monsuro mo Onyankopɔn na moammɔ ɛboɔ a ɛboro so! Na mene Awurade. “ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so. Sɛ moyɛ ɔsetie a, aduane bɛbu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoeɛ mu. Nanso, mobɛbisa sɛ, “Na sɛ wɔse yɛnnnua anaa yɛnntwa saa afe no so a, ɛdeɛn na mfeɛ nson no so yɛbɛdie?” Mmuaeɛ ara ne sɛ, mfeɛ nsia no so, mɛhyira mo ama nnɔbaeɛ aba abu so kɔsi sɛ mobɛtwa mfeɛ nwɔtwe mu nnɔbaeɛ no. Sɛ modua nnɔbaeɛ wɔ mfeɛ nwɔtwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a ɛtwaam no mu nnuane. Nokorɛm, nnuane dada no na mobɛdi kɔsi sɛ otwaberɛ bɛduru so mfeɛ nkron no mu. “ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti monni ho ɛkwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔhoɔ na meyɛ asasewura ma mo. Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛeɛ sɛ asasetɔnfoɔ no tumi sane bɛgye asase no ɛberɛ biara. “ ‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafoɔ tumi bɛgye. Sɛ ɔnni obi a ɔbɛgye ama no na sɛ nʼankasa nya sika a, wɔbɛsese ɛso nnɔbaeɛ a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛ Afe no reba na wɔagyina so atua ɛka no, na deɛ ɔtɔeɛ no nso adane asase no ama no. Na sɛ deɛ asase no yɛ ne dea no ankasa antumi annye a, ɛnneɛ, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea ara kɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no, na deɛ ɔtɔeɛ no de onii no adeɛ asane ama no. “ ‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kurom a, ɔwɔ afe a ɔtumi sane gye nʼadeɛ a biribiara nsi no ho ɛkwan. Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora. Ahosɛpɛ Afe no mu, ɔrensane mfa mma onipa a kane no na ɛyɛ ne dea no bio. Nanso akuraase dan a wɔntoo ɔfasuo ntwaa ho nhyiaeɛ te sɛ agyapadeɛ a ɛwɔ wiram deɛ, wɔtumi sane kɔgye no ɛberɛ biara, na Mfeɛ Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsane de ma ne wura ankasa. “ ‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifoɔ afie a ɛwɔ nkuro a wɔde afasuo atwa ho mu no, wɔtumi sane gye ɛberɛ biara, na wɔde ama wɔn wuranom Ahosɛpɛ Afe no mu. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mfuo nsase te sɛ mmusuakuo a aka no, na mmom, wɔbɛma wɔn afie wɔ wɔn nkuro ne wɔn mfuo a atwa wɔn ho ahyia no mu. Mma wɔnntɔn nsase a atwa Lewifoɔ nkuro ho ahyia, ɛfiri sɛ, yeinom yɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ. “ ‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi. Suro wo Onyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho ba. Kae sɛ, worennye ho nsiho biara, na aduane a wode ma no nso, nnye ho nsiho biara. Mpɛ mfasoɔ! Ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn yii mo firii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛdeɛ mɛyɛ mo Onyankopɔn. “ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ na mmom, yɛ no sɛ obi a wotua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔhoɔ na ɔnsom wo nkɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no. Ɛduru saa mmerɛ no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapadeɛ nyinaa kɔ wɔn abusuafoɔ nkyɛn. Me na mede mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ mommɛsom me sɛdeɛ obi rentumi ntɔn mo sɛ nnipa hunu bi na obi nso ntumi nha mo; monsuro mo Onyankopɔn. “ ‘Nanso mobɛtumi atɔ asomfoɔ afiri aman foforɔ a atwa mo ho ahyia no so. Saa ara nso na motumi tɔ ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu. Wɔbɛyɛ nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfoɔ no deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa. “ ‘Sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu no bɛyɛ osikani, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ no anaa ɔhɔhoɔ no abusuafoɔ a, ne nuanom bi tumi bɛgye no. Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho onipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso bɛnya sika a, ɔtumi de bɛgye ne ho. Nʼahogyeɛ no gyina mfeɛ a aka na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduro ne sika dodoɔ a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfoɔ a, anka ɔbɛgye saa mfeɛ a aka no mu. Sɛ aka mfeɛ pii ansa na Ahosɛpɛ Afe no aso a, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ wɔ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no nyinaa; na sɛ mfeɛ no pii atwam ama aka kakra na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduru a, ɛnneɛ, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ a, ɔhɔhoɔ no bɛfa no sɛ ne ɔsomfoɔ a ɔtua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne ɔsomfoɔ buruburo anaa nʼagyapadeɛ. “ ‘Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru na wɔnnyee no a, wɔbɛgyaa ɔne ne mma nyinaa. Israelfoɔ yɛ mʼasomfoɔ. Mede wɔn firi Misraim na ɛbaeɛ. Mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn. “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene Awurade. “ ‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a, daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so. Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu, “ ‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho. Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano. Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim. “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so. Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ. Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa. Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ. Mene Awurade mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so. “ ‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so, na mopo me mmara a, deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma mo akoma atutu na mama nsamanwa ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani bɛtutu, na mo nkwa so ahwan. Mobɛdua nnɔbaeɛ agu kwa, ɛfiri sɛ, mo atamfoɔ na wɔbɛdie. Mɛyi mʼani afiri mo so, na moadwane afiri mo atamfoɔ anim. Wɔn a wɔtan mo bɛdi mo so. Mobɛdwane ɛberɛ a obiara mpam mo. “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho. Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dadeɛ ne mo fam sɛ kɔbere. Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase nnya nnɔbaeɛ biara, na ɛso nnua nso renso aba. “ ‘Na sɛ tie ara na monntie me a, mo bɔne enti, mede ɔyaredɔm mmɔho nson bɛgu mo so. Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio. “ ‘Na sɛ yei antumi ansesa mo, na mokɔ so tia mʼapɛdeɛ a, me nso, mɛtia mo apɛdeɛ, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mprɛnson wɔ mo bɔne ho. Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so. Mɛsɛe mo nnuane a mobɛnya nyinaa kɔsi sɛ mpo, fononoo baako burodo a ɛbɛto no na mmusuakuo edu bɛdi. Aduane kakra a mobɛdi no akyi, ɛkɔm bɛde mo. “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson. Mobɛwe mo mmammarima ne mo mmammaa ɛnam. Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Mɛtwitwa mo aduhwam afɔrebukyia agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a ɛnni nkwa no so; na mɛpo mo. Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no. Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa. Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkuro. Akyire no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfeɛ dodoɔ a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmerɛ a mowɔ atamfoɔ nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso. Ɛberɛ a asase no da mpan nyinaa, ɛbɛnya home a moamma annya wɔ Homeda dodoɔ a motenaa soɔ no. “ ‘Wɔn a wɔgyaa wɔn hɔ a wɔnwuiɛ no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafoɔ ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahahan koraa a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ obi a ɔkura akofena repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ ɛberɛ a obi mpam wɔn. Obiara rempamo wɔn nanso ehu enti, wɔbɛsuntisunti wɔn ho wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri akono a wɔnni tumi biara a wɔde bɛgyina wɔn atamfoɔ anim no. Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfoɔ asɛe mo. Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne enti, wɔn ho bɛyera wɔn wɔ atamfoɔ nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛeɛ no enti. “ ‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no. Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka. Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara. Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn. Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’ ” Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ no wɔ Sinai Bepɔ so no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔtua sika mmom a, ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia, sɛ ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan (340), abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35. Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson (170); na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua. “ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron. Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te. Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho nte na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ. Ɔno na ɔbɛhwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua de si aboa no anan. Sɛ aboa no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no sɛ ɔntua no ho. “ ‘Sɛ obi de ne fie ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so, na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio. “ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔdeɛ ma Awurade a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia sɛ wɔbɛdua wɔ so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ yɛ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570). Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa. Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so. Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio. Sɛ wɔdane asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ. “ ‘Sɛ obi bi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Awurade. Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no. Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbena a wɔgye wɔ hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako. “ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, ɛfiri sɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan no, yɛ Awurade dea dada. Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ. “ ‘Adeɛ biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri sɛ, biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade. “ ‘Onipa biara a Awurade ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ sɛ wɔkum no. “ ‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron. Sɛ obi pɛ sɛ ɔsane tɔ saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho. Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no yɛ kronkron ma Awurade. Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma Awurade no, wɔnhwɛ sɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ” Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no. Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ: “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din. Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa. Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo. “Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie: “Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur; Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel; Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson; Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel; Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab; Yosef mmammarima no: Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel; Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan; Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser; Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel; Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf; Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.” Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no. Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi, na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so. Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500). Simeon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300). Gad asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650). Yuda asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600). Isakar asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400). Sebulon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan (57,400). Yosef mmammarima no: Efraim asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500). Manase asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200). Benyamin asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan (35,400). Dan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700). Aser asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum (41,500). Naftali asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400). Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn. Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550). Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho. Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no. Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa. Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.” Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.” Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600). Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400). Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan (57,400). Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan (186,400). Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan. Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500). Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300). Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650). Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu. Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi. Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum (40,500). Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,200). Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan (35,400). Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa. Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700). Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum (41,500). Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400). Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia (157,600). Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum (603,550). Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho. Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ. Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so no. Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ. Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu wɔ Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm sɛ asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ. Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa. Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora. Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea, ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ, “Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.” Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Yeinom ne Lewi mmammarima: Gerson, Kohat ne Merari. Gerson asefoɔ nie: Libni ne Simei. Kohat asefoɔ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel. Merari asefoɔ: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ. Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase. Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem ahanson ne ahanum (7,500). Wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi wɔ atɔeɛ fam. Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf. Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so. Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so. Kohat asefoɔ yɛ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase. Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600). Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so. Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan. Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so. Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so. Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase. Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu (6,200). Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam. Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa. Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so. Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔnsisi wɔn ntomadan wɔ hɔ. Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, wɔbɛkum no. Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu (22,000). Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin. Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.” Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa (22,273). Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ yɛ me dea. Mene Awurade. Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no, momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru yɛ gram aduonum nson. Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma.” Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ. Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu. Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. “Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho. Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu. “Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so. Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu. “Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho. Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so. “Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu. “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so. “Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho. Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo. “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. “Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu. Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so. “Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no. Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa. Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di. Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase. “Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa. Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.” Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so. Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo. Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa. Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo. Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu. Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa. Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe. Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no. Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”. Wɔdii Awurade mmara no so. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima o, ɔbaa o, ɔdi Awurade hwammɔ a, ɛyɛ bɔne. Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no. Na sɛ onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ sɛ, sɛ ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho sɛ mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea. Akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛkyɛ ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea. Ɔsɔfoɔ biara bɛfa akyɛdeɛ kronkron biara a ne nsa bɛka.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ adwaman nanso ɔnhunu asɛm no mu nokorɛ na ɔnnya ɔdanseni na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfoɔ anim a ɔbaa no ho afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohwam ngo mfraeɛ lita mmienu ka ho. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ ninkuntwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokorɛ ada adie ama wɔahunu sɛ ɔbaa no di fɔ anaa ɔdi bem. “Ɔsɔfoɔ no de ɔbaa no bɛba Awurade anim, na wasa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu mfuturo de afra nsuo kronkron a ɛgu asansuo kɛseɛ bi mu no. Ɔbɛsane ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔdeɛ no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuiɛ no yɛ nokorɛ ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɔsɔfoɔ no bɛgyina nʼanim a ɔkura nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba no. “Ɔsɔfoɔ no bɛtwerɛ nnome yi nyinaa agu nwoma bi mu na wahohoro agu nsuo nwononwono no mu. Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbaa no nom nsuo no na sɛ ɔnom wɔ ɛberɛ a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye ninkunu afɔrebɔdeɛ no afiri ɔbaa no nsam na wahinhim no Awurade anim na ɔde akɔ afɔrebukyia no so. Ɔbɛsa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no wɔ afɔrebukyia no so na wama ɔbaa no anom nsuo no. Sɛ ne ho agu fi na wabɔ adwaman no atia ne kunu a, nsuo a wanom no bɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu na ne yafunu ahono na ne srɛ aporɔ na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Sɛ ɔyɛ kronn a ɔmmɔɔ adwaman a, wɔrenha no, na ɛrenkyɛre, ɔbɛnyinsɛn. “Yei ne mmara a ɛfa ɔbaa a ne bra nyɛ na ne kunu twe ne ho ninkunu de hwehwɛ mu hunu sɛ ɔdi ne kunu nokorɛ anaa ɔnni no nokorɛ no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfoɔ no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama yare bɔne bi aba ne yere so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.” Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ Awurade anim a, ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka. Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono. “Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no. “ Awurade bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho. Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ, na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama Awurade. “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no. Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio. Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ. “Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. “Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade. “Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no. “Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu. “Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ: “ ‘ Awurade nhyira mo na ɔnhwɛ mo so. Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo na ɔnnom mo. Awurade mma nʼani so nhwɛ mo na ɔmma mo asomdwoeɛ.’ “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.” Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho. Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ. Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.” Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no. Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin. Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire. Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.” Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no. Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ. Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ. Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ. Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ. Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe. Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ. Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ. Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ. Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ. Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ. Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ. Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ. Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ. Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ. Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ: dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu. Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako. Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma. Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia. Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.” Enti, Aaron yɛɛ saa. Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho. Fa ahodwira nsuo pete wɔn so. Ma wɔnyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa, afei wɔn ho bɛte. Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra. Afei, frɛ Israelfoɔ no nyinaa hyia na fa Lewifoɔ no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano. Ɛhɔ, wɔ Awurade anim, mpanimfoɔ a wɔtuatua mmusuakuo no ano no de wɔn nsa bɛgu wɔn so na Aaron ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israel manfoɔ nyinaa nkyɛn. Lewifoɔ bɛsi nnipa no nyinaa anan asom Awurade. “Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no. Afei, wɔde Lewifoɔ no bɛma Aaron ne ne mma te sɛ deɛ wɔde afɔrebɔdeɛ biara fa asɔfoɔ so de ma Awurade no. Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea. “Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma. Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ. Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ. Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu. Na mede Lewifoɔ no bɛkyɛ Aaron ne ne mmammarima. Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama nkurɔfoɔ de ayɛ mpatadeɛ ama wɔn. Ɔyaredɔm biara renka Israelfoɔ no, nanso sɛ nnipa afoforɔ biara kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, wɔbɛyareyare.” Enti, Mose ne Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa faa ɛkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifoɔ no maa Awurade. Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sii wɔn nneɛma ɛnna Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa. Ɔyɛɛ wɔn ho mpatadwuma de tee wɔn ho. Ɛno akyi, wɔkɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ Aaron ne ne mmammarima aboafoɔ. Wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ Lewini biara di mfeɛ aduonu enum a, ma no mfiri aseɛ nsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu, na wɔdi mfeɛ aduonum a, wɔapɔn wɔn ho. Sɛ wɔpɔn wɔn ho a, wɔtumi di dwuma nketenkete wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Wɔrenyɛ nnwuma a daa ɛbɛgye wɔn berɛ.” Bosome a ɛdi ɛkan no mu afe a ɛtɔ so mmienu no mu a wɔafiri Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose ɛberɛ a ɔne Israelfoɔ wɔ Sinai ɛserɛ no so no sɛ, “Ɛsɛ sɛ afe biara mu bosome a ɛdi ɛkan no dadu nna ɛnan no, Israelfoɔ di Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase owiatɔberɛ. Ɛsɛ sɛ modi mmara biara a ɛfa saa afahyɛ yi die ho so.” Enti Mose kaa sɛ, wɔbɛhyɛ Twam Afahyɛ no die ase ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ wɔ Sinai asase pɔ no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Na asɛm a ɛsiiɛ ne sɛ, afei na na nnipa no bi firi ayie aba enti, ɛsiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufoɔ enti, na wɔn ho agu fi. Yei enti anadwo no, wɔantumi anwe Twam Afahyɛ dwammaa no bi. Wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛha wɔn mu kyerɛɛ wɔn. Wobisaa sɛ, “Yɛde yɛn ho aka funu, nanso ɛdeɛn enti na yɛne Israelfoɔ nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Awurade sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no?” Mose kaa sɛ ɔbɛbisa Awurade. Ɔbisaa Awurade no, mmuaeɛ a ɔnyaeɛ nie: “Israelni biara a ɔbɛsɔ efunu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu no, sɛ ɛyɛ Twam Afahyɛberɛ a, ne ho agu fi, ɛfiri sɛ, wasɔ efunu mu. Sɛ wɔnam akwantuo mu enti wɔantumi amma a, wɔtumi di Awurade Twam Afahyɛ no bosome akyi; bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho. Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ɔntuu kwan no nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne berɛ ano no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, ɔboa pa sɛ ɔremmɔ afɔdeɛ mma Awurade ɛberɛ a ɛsɛ mu, enti ɛsɛ sɛ ɛho afɔdie ba ne so. “Sɛ ɔhɔhoɔ bi fra mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam Afahyɛ no bi de hyɛ Awurade animuonyam a, ɛsɛ sɛ ɔdi mmara korɔ no ara so. Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.” Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa. Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya. Omununkum no maa ne ho so no, Israelfoɔ no dii akyire kɔsii baabiara a ɛkɔ kɔgyinaeɛ ma wɔbɔɔ hɔ atenaeɛ. Yei kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka sɛ wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka sɛ wɔnnyina a, wɔgyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina kɔsi mmerɛ dodoɔ a ɛgyina hɔ no nyinaa. Sɛ ɛgyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ ɛgyina hɔ nna kakra bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakra bi saa ara, ɛfiri sɛ, saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiaeɛ Ntomadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wɔtu firii wɔn atenaeɛ. Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyeeɛ. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenaeɛ hɔ di akyi. Sɛ omununkum no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi na ɛdi nnanu, bosome anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfoɔ no hwɛ de tena hɔ. Nanso ɛnya tu ara pɛ, na wɔn nso atu. Yei kyerɛ sɛ, wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntotorobɛnto mmienu na wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na watu ntomadan no akɔ. Sɛ wɔhyɛn ntotorobɛnto mmienu no a, nnipa no bɛhunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanimfoɔ na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn. Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuo a wɔwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan apueeɛ fam no bɛtu wɔn atenaeɛ hɔ na wɔakɔ. Sɛ mohyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no a, mmusuakuo a wɔwɔ anafoɔ fam no bɛdi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ. Na sɛ mofrɛ nnipa no ma wɔbɛhyia a, momfa ɛkwan foforɔ so nhyɛne ntotorobɛnto no. “Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Sɛ moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a, Awurade, mo Onyankopɔn bɛtie mo na wagye mo afiri mo atamfoɔ nsam. Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn.” Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so, enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so hɔ dii omununkum no akyi kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtu no duruiɛ no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn. Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan. Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim. Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim. Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu. Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim. Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim; Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim. Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Wɔduruu hɔ no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ beaeɛ foforɔ hɔ dada. Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim; ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim; afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim. Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no. Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim. Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim. Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no. Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!” Nanso nʼakonta no buaa no sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn.” Mose srɛɛ sɛ, “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ, wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn. Sɛ woba a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wobɛnya bi.” Wɔfiri Awurade Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a Awurade Adaka no di wɔn anim sɛ wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ. Wɔfirii wɔn akwantuo no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade omununkum no di wɔn anim. Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam sɛ, “Ao, Awurade, sɔre! Na hwete wʼatamfoɔ; ma wɔn nyinaa nnwane mfiri wʼanim.” Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa sɛ, “Ao, Awurade, sane bra Israelfoɔ ɔpepe no mu.” Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire. Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ. Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die. Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.” Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam. Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi yɛ taterɛ. Woka wʼano a, ɛte sɛ taterɛ a wɔakye wɔ nhahamma ngo mu. Anadwo bosuo mu na mana no tɔ. Mose tee sɛ mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa. Mose bisaa Awurade sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me? Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no? Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’ Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa. “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe; ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu! Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri sɛ, moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu ama Misraim nso.’ ” Mose kaa sɛ, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome! Sɛ yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!” Na Awurade bisaa Mose sɛ, “Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu sɛ mʼasɛm yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ.” Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ. Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu. Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa sɛ, “Owura, ma wɔnnyae!” Mose bisaa no sɛ, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan. Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa. Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara. Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ. Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra. Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani. Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no. Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so. Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim. Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no, Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me, “Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a, menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no daeɛ mu. Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho. Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ. Me ne no kasa animu ne animu, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo. Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ. Adɛn enti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?” Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no, ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa. Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.” Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.” Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio. Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.” Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so. Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi: Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua; Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat; Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb; Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal; Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea; Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti; Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel; Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi; Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel; Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur; Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel. Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban, sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane. Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no. Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ. Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ. Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ. Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ. Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ. Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ. Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.” Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.” Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!” Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ, na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.” Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa. Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, “Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!” Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, “Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim.” Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim. Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa. Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn. Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!” Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne sɛ, wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, Awurade animuonyam baeɛ na Awurade bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni? Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!” Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ. Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ, ‘ɛsɛ sɛ Awurade kum wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi anhwɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so hɔ. Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’ “Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ wɔ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na dɔ yɛn yie. Ɛwom sɛ woaka sɛ, ‘ Awurade bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim sɛ wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.’ Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wo dɔ enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi.” Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no. Nanso, sɛ mete ase yi, na Awurade animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ. Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi hɔ. Nanso, mʼakoa Kaleb yɛ onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so sɛ ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa. Nanso, ɛsiane sɛ Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ sɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no kɔ ɛserɛ so.” Awurade bisaa Mose ne Aaron sɛ, “Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ Awurade ka ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ mosuro. Mo nyinaa mobɛwuwu wɔ ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no, wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. Moka sɛ mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no. Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha. Ɛsɛ sɛ mokyini ɛserɛ so ha sɛ atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi sɛ onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha. Esiane sɛ akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ sɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina hɔ ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. Sɛ meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.’ Me, Awurade, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu wɔ ɛserɛ so ha.” Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa Awurade no, wɔkunkumm wɔn wɔ Awurade anim. Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase. Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ. Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.” Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so. Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, Awurade nni mo afa. Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo.” Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho sɛ Awurade adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ hɔ. Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede ama mo no so na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho. Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade. Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho. “ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako, ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ Awurade ani. “ ‘Sɛ wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama Awurade a, fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho a bobesa lita mmienu ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ Awurade ani. Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde bɔ afɔdeɛ ho. Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ sɛ ɔfa saa ɛkwan yi so. “ ‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so. Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so. Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa—ɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim. Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.’ ” Awurade ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma Awurade. Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no. Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma Awurade. “ ‘Sɛ mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, na sɛ daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, na sɛ wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma Awurade. Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho. Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa. “ ‘Sɛ obi yɛ mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no. “ ‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu. Mperɛ dodoɔ a wɔabu Awurade asɛm animtiaa na wɔboapa abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’ ” Ɛda bi a Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda. Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim. Wɔde no too afiase kɔsii sɛ wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ wɔ saa onipa no ho. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ wɔ atenaeɛ no akyi baabi.” Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim hɔ daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere sɛ nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano. Saa mmara yi botaeɛ ne sɛ, ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no. Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene Awurade mo Onyankopɔn.” Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho. Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?” Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ. Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Wo, Kora, ne wɔn a wɔka wo ho, ɔkyena momfa aduhwamhyeɛ nkukuo na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.” Mose sane bisaa Kora sɛ, “Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa? Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ? Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?” Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ. Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene? Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”. Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.” Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ, “Ɔkyena wo ne wo nnamfonom nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha. Aaron nso bɛba ha bi. Monkae na momfa mo aduhwamhyeɛ nkukuo a aduhwam gu so mmra. Obiara mfa aduhwamhyeɛ kukuo mmra. Ne nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduonum, na momfa mmrɛ Awurade. Na Aaron nso de ne deɛ bɛba ha bi.” Enti wɔyɛɛ saa. Wɔde wɔn aduhwamhyeɛ nkukuo baeɛ. Wɔsɔɔ ano de aduhwam guu so na wɔne Mose ne Aaron bɛgyinagyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, Awurade de animuonyam baa nnipa no nyinaa so na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Montwe mo ho mfiri saa nnipa yi ho na manya ɛkwan asɛe wɔn ntɛm.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛɛ sɛ, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Onyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛnneɛ ka kyerɛ nnipa no na wɔmfiri Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu.” Enti, Mose yɛɛ ntɛm kɔɔ Datan ne Abiram ntomadan no mu a Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ntɛm, momfiri saa nnipabɔnefoɔ yi ntomadan mu na mommfa mo nsa nka wɔn biribiara. Sɛ moyɛ saa a, wɔde mo bɛka wɔn bɔne a wɔayɛ no ho na wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa.” Enti, nnipa no firii Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu kɔgyinagyinaa akyire. Ɛnna Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan no akwan ano. Mose kaa sɛ, “Ɛnam yei so bɛma moahunu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ deɛ mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara me tumi mu na mefiri yɛɛ saa. Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.” Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ, na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ. Israelfoɔ nyinaa de nteateamu dwaneeɛ, ɛfiri sɛ, “Nna wɔsuro sɛ asase no bɛmene wɔn nso!” Afei, ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee nnipa ahanu aduonum a na wɔrehye aduhwam no nyinaa. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ ɔnyi aduhwamhyeɛ nkukuo no mfiri ogya no mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron, na ɔnyi gyasramma no mfiri saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhwamhyeɛ nkukuo no aseɛ. Ɔbɛboro aduhwamhyeɛ nkukuo no ama ayɛ trawa na ɔde akata afɔrebukyia no so. Saa aduhwamhyeɛ nkukuo yi yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, wɔde adi dwuma wɔ Awurade anim. Na afɔrebukyia no nkatasoɔ yi bɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfoɔ.” Enti, ɔsɔfoɔ Eleasa faa aduhwamhyeɛ nkukuo ahanu aduonum no na ɔboro ma ɛyɛɛ ntrawa na ɔde kataa afɔrebukyia no so, na Israelfoɔ no nam so akae sɛ obiara a wɔmmaa no ho kwan anaa ɔmfiri Aaron ase no, ɔnni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhye aduhwam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne nʼahokafoɔ no bi bɛto no. Sei na Mose yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Adeɛ kyee anɔpa no, nnipa no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Moakum Awurade nkurɔfoɔ.” Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu Awurade animuonyam nwanwaso no. Mose ne Aaron bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twe wo ho firi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ntɛm, fa aduhwamhyeɛ kukuo no na yi ogya firi afɔrebukyia no so gu mu. Fa aduhwam gu so na fa fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpatadeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo aduru wɔn so. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.” Aaron yɛɛ deɛ Mose hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔtuu mmirika faa nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyee aduhwam no de yɛɛ mpatadeɛ maa wɔn. Na ɔgyinaa ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ɔyaredɔm no gyaeeɛ, nanso, na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dada abɛka wɔn a wɔne Kora wuwuiɛ ɛda a ɛdi animu no ho. Ɔyaredɔm no gyaeeɛ no, Aaron sane kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, abusua biara ɔdaanoni no ntwa poma na ɔntwerɛ ne din wɔ ho. Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho. Momfa mpoma yi ngu Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyiaeɛm wɔ baabi a mehyia mo wɔ adaka no anim hɔ no. Menam mpoma yi so bɛkyerɛ onipa a mɛyi no no, na ne poma no ho bɛfefɛ! Ɛno akyi, anwiinwii a wɔnwiinwii tia wo no nyinaa to bɛtwa.” Enti, Mose hyɛɛ saa mmara yi maa nnipa no maa ahemfo dumienu no a Aaron ka wɔn ho de wɔn mpoma brɛɛ no. Ɔde guu Awurade anim wɔ Adanseɛ Ntomadan no mu hɔ. Adeɛ kyeeɛ a ɔkɔɔ mu no, ɔhunuu sɛ Aaron poma a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuo no afefɛ ayɛ frɔmm, aso aba a ɛsensɛn so. Ɛberɛ a Mose de firii Awurade hɔ baeɛ sɛ ɔde rebɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn. Afei, obiara gyee ne poma, gye Aaron nko. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Aaron poma no nto adaka no ho pɛɛ na ɔmfa nkae saa adɔnyɛ no. Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a ɛtia Aaron tumi a, ɛbɛsi amanehunu foforɔ a anka ɛbɛba nnipa no so no ano. Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Nanso Israelfoɔ no kɔɔ so nwiinwiiɛ sɛ, “Yɛyɛ teaseawuo. Obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ho no wu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ase hye anaa?” Awurade kasa kyerɛɛ Aaron sɛ, “Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodie bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yie wɔ asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm. Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim. Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn. Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan sɛ ɔboa wo ɛkwan biara so. “Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so. Meka bio sɛ, Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi Awurade hɔ ma wo. Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te wɔ afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu.” Awurade sane ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ Awurade no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no wɔ afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea. Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara. Ɛsɛ sɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdie. “Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte. “Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea. Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi. “Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea. Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba. “Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ. Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade no nso, mobɛfa. Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Awurade a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei yɛ bɔhyɛ a ɛda mo ne Awurade ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa.” Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ sɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo. “Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka. Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan sɛ wɔkɔ kronkron mu kronkron hɔ. Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn fɔ na wɔawuwu. Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn fɔ. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Lewini biara nya agyapadeɛ wɔ Israelman mu. Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma Awurade no na ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no fa. Yei yɛ agyapadeɛ, enti ɛho nhia sɛ wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio.” Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma Awurade. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no so. Na Awurade bɛgye no sɛ mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu. Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ Awurade kyɛfa. Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade. “Na wɔbɛfa no sɛ deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea hɔ. Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔ wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua. Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.” Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Me som ho mmara foforɔ nie: Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa nantwie ba bereɛ kɔkɔɔ a ɔnnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me. Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔde no bɛkɔ atenaeɛ no akyi baabi na obi akum no ɛberɛ a ɔno ara nso rehwɛ. Eleasa de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mprɛnson. Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahye nantwie ba no. Ɔbɛhye ne ho nwoma, ne nam, ne mogya ne nʼagyanan nyinaa. Na ɛgu so rehye no, Eleasa bɛfa odum dua ne hisope mman ne asaawa kɔkɔɔ na wato agu nneɛma a wɔrehye no mu. Yei akyi, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware na afei ɔkɔ atenaeɛ hɔ a wɔfa no sɛ ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ. Onipa a ɔhyee aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, na ɔdware, ɛfiri sɛ, ɔno nso ho agu fi kɔsi anwummerɛ. “Afei, obi a ne ho nguu fi no bɛsesa aboa a wɔhyee no no nsõ de akɔ atenaeɛ no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron na wakɔkora no wɔ hɔ. Israelfoɔ no de bɛgu wɔn nsuo a wɔde dwira wɔn ho de pam wɔn bɔne no mu. Onipa a ɔbɛboaboa nantwie ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ, ne ho gu fi kɔsi anwummerɛ; yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa a ɛho wɔ mfasoɔ ma Israelfoɔ no ne ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nyinaa. “Obiara a ɔbɛsɔ efunu mu no ho bɛgu fi nnanson. Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɔde nsuo a wɔde dwira wɔn ho no adwira ne ho ama ne ho ate. Sɛ ne nnansa so wanyɛ yei a, ne nnanson akyi nyinaa na ne ho agu fi. Wɔn a wɔsɔ efunu mu na wɔnnwira wɔn ho sɛdeɛ makyerɛ yi no, wɔgu Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ho fi, na ɛsɛ sɛ wɔyi saa nnipa no firi Israelfoɔ mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete wɔn ho no enti, wɔn ho agu fi ara. “Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛwura saa ntomadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dada ansa na onipa no rewuo no nyinaa ho gu fi nnanson. Adeɛ biara a wɔde biribi gu mu a ɛnni mmuasoɔ no nso ho gu fi. “Sɛ obi a ɔwɔ abɔntene de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ akofena ano funu anaa sɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfoɔ funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa damena a, ne ho bɛgu fi nnanson. “Ansa na ne ho bɛte bio no, gye sɛ wɔde nantwie ba kɔkɔɔ no nsõ a wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ no fra nsuo a wɔde agu asuhina mu. Na obi a ne ho te afa hisope mman na ɔde abɔ nsuo no mu de apete ntomadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntomadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a ɔsɔɔ dompe mu anaa ɔsɔɔ obi a wɔakum no anaa deɛ ɔde ne ho aka damena no nso, wɔdwira ne ho. Wɔyɛ yei ne nnansa ne ne nnanson so. Na deɛ ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware, na ɛduru anwummerɛ a, afei ne ho ate. Nanso, obiara a ne ho agu fi na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Ɛfiri sɛ wɔmfaa nsuo a ɛsɛ sɛ wɔde pete ne so no mpetee ne so no enti, ne ho agu fi. Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ afebɔɔ. “Onipa a ɔbɛtu nsuo no apete no nso, ɛsɛ sɛ akyire no, ɔsi ne ntadeɛ, na obiara a ɔde ne nsa bɛka nsuo no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ. Na biribiara a obi a ne ho agu fi no bɛsɔ mu no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.” Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan wɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no. Na nsuo a wɔbɛnom nni hɔ enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ sɛ, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ. Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmewuwu? Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.” Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no sɛ nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim, na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?” Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!” Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron. Ɛberɛ a Mose wɔ Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ: “Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu, sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa hɔ mfeɛ bebree na yɛhunuu amane sɛ Misraimfoɔ nkoa. Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim. “Seesei yɛwɔ Kades wɔ mo asase hyeɛ so. Yɛsrɛ mo sɛ, momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie sɛ yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no.” Nanso, Edomhene kaa sɛ, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!” Israelfoɔ no buaa sɛ, “Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.” Nanso Edomhene buaa sɛ, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so. Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn. Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri sɛ, mo baanu yɛɛ me dɔm wɔ Meriba nsuo no ho. Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so. Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.” Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi, na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa. Arad ɔhene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim ɛkwan so reba. Ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so kyekyeree binom sɛ nneduafoɔ. Afei, Israelfoɔ no kaa ntam kyerɛɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔadi Arad ɔhene ne de dɔm so a, anka wɔbɛgu nkuro akɛseɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa. Awurade tiee wɔn abisadeɛ no, enti ɔmaa wɔdii Kanaanfoɔ no so; Israelfoɔ no sɛee wɔn ne wɔn nkuro akɛseɛ pasaa. Wɔtoo hɔ edin Horma a aseɛ ne “Ɔsɛeɛ.” Afei, Israelfoɔ no sane kɔɔ Bepɔ Hor so. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ anafoɔ fam ɛkwan a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwa kanko afa Edom ho. Nnipa no aba mu buiɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.” Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ. Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn poma bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na onii no hwɛ no kɛkɛ a, ɔrenwu.” Enti, Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no; na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔpagya nʼani hwɛ no a, ɔnwu. Israelfoɔ no firi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ. Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim wɔ ɛserɛ so wɔ Moab apueeɛ fam. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subɔnhwa mu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ hɔ. Afei, wɔtu kɔɔ akyirikyiri fam wɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifoɔ bɔ hyeɛ. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɛhyeɛ a ɛda Moabfoɔ ne Amorifoɔ ntam. Enti, wɔkaa saa asɛm yi wɔ Awurade akodie nwoma no mu sɛ, asubɔnten Arnon subɔnhwa ne kuro Waheb da Amorifoɔ ne Moabfoɔ ntam. Afei, Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Beer a aseɛ ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsuo.” Ɛhɔ na Israelfoɔ too dwom sɛ, “Tue Ao, Abura! To ho dwom! To abura yi ho dwom, mmapɔmma na wɔtuiɛ; na akunini titii mu wɔde wɔn ahempoma ne wɔn poma.” Afei, Israelfoɔ no firii ɛserɛ no so kɔfaa Matana, Nahaliel ne Bamot. Afei wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bɔnhwa no mu, baabi a wogyina a wohunu asase tamaa no. Afei, Israelfoɔ tuu abɔfoɔ ma wɔde nkra yi kɔmaa Amorifoɔhene Sihon sɛ: “Momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn so, na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ. Yɛrentiatia mo mfudeɛ so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsuo.” Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ so wɔ ɛserɛ so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas. Nanso Israelfoɔ no kunkumm wɔn faa wɔn asase a ɛfiri Asubɔnten Arnon kɔsi asuo Yabok ho toaa so kɔsii Amorifoɔ ahyeɛ so, nanso wɔkɔhyiaa Amon mma ahoɔdenfoɔ bi a wɔakyere sraban enti wɔantumi anko ankɔ wɔn anim bio. Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no. Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu. “Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so. Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ, Ne ne mmammaa sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ. “Yɛasɛe wɔn pasaa, ɛfiri Hesbon tɔnn kɔsi Dibon. Yɛasɛe wɔn ara akɔsi Nofa De kɔ ara kɔsi Medeba.” Enti Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so. Mose somaa akwansrafoɔ sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafoɔ toaa wɔn, faa wɔn nkuro nyinaa, pamoo Amorifoɔ no. Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kuro kɛseɛ Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafoɔ hyiaa wɔn wɔ Edrei. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnnsuro na wadi atamfoɔ no so dada. Awurade sane hyɛɛ Mose nkuran sɛ asɛm a ɛtoo ɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no. Ampa ara, Israelfoɔ dii nkonim na wɔkumm ɔhene Og ne ne mmammarima ne ne nkurɔfoɔ nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Enti Israelfoɔ no tenaa asase no so. Afei, Israelfoɔ no kɔɔ Moab tata so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanimu no. Sipor babarima Moabhene Balak hunuu deɛ Israelfoɔ ayɛ Amorifoɔ. Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa. Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa sɛ, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ.” Enti, Moab ɔhene Balak somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam sɛ ɔmmɛboa no. Ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me. Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so.” Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no. Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ. Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn. Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, ɛfiri sɛ, mahyira wɔn!” Adeɛ kyeeɛ no, anɔpa, Balaam ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monsane nkɔ fie! Awurade rempene mma mennyɛ saa.” Enti, ɔhene Balak ananmusifoɔ no sane wɔn akyi bɛbɔɔ amaneɛ sɛ ɔse ɔremma. Balak sɔ hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu. Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo sɛ bra. Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.” Nanso, Balaam buaa sɛ, “Sɛ ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma tɔ koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so. Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa.” Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yie na yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.” Adeɛ kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, tenaa ne so ne wɔn hyɛɛ aseɛ kɔeɛ. Nanso, Onyankopɔn bo fuu Balaam ahopere a ɔde kɔeɛ no; enti ɔsomaa ɔsoro Awurade ɔbɔfoɔ kɔgyinaa akwantemfi sɛ ɔnkum no wɔ hɔ. Ɛberɛ a Balaam ne asomfoɔ baanu rekorɔ no, prɛko pɛ, Balaam afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ ɔkura sekan gyina ɛkwan no mfimfini. Aboa no kwae faa wiram nanso Balaam kaa ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛfa ɛkwan mu. Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ no yɛ bobefuo afasuo mmienu ntam. Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio. Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa. Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa. Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?” Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.” Afunumu no nso bisaa no sɛ, “Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?” Ne wura no buaa sɛ, “Dabi.” Afei, Awurade buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim. Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebɛka ama woagyae, ɛfiri sɛ, worepɛ adeɛ asɛe. Afunumu no hunuu me mprɛnsa a emu biara ɔkwae faa baabi; anyɛ saa a, anka mɛkum wo na magyaa no.” Afei, Balaam ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mafom. Na mennim sɛ wowɔ hɔ. Sɛ wompɛ sɛ metoa mʼakwantuo no so deɛ a, meresane akɔ efie.” Nanso, Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko na ka.” Enti Balaam ne wɔn kɔeɛ. Ɛberɛ a ɔhene Balak tee sɛ Balaam reba no, ɔfirii kuro no mu kɔhyiaa no Asubɔnten Arnon ho wɔ ne hyeɛ so. Ɔbisaa Balaam sɛ, “Adɛn enti na wokyɛɛ saa? Anaasɛ, mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛhyɛ wo animuonyam no na wonnye nni?” Balaam buaa sɛ, “Ɛwom sɛ maba deɛ, nanso menni tumi biara a mɛka asɛm biara agye asɛm a Onyankopɔn bɛka akyerɛ me sɛ menka no nko na mɛka.” Balaam kaa ɔhene no ho ne no kɔɔ Kiria-Husot, baabi a ɔhene Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanimfoɔ sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ no. Adeɛ kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ɔfiri hɔ too nʼani hunuu sɛ Israelfoɔ no sam aseɛ hɔ. Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.” Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ. Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi. Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.” Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak. Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram. Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so. Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me! Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’ Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ? Mehunu wɔn firi abotan atifi; mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so. Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase, a wɔayi wɔn afiri amanaman mu. Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo? Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako? Ma menwu sɛ ɔteneneeni; na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.” Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!” Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?” Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.” Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ. Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.” Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “ Awurade aka sɛn?” Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me. Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa? Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira; wahyira, na merentumi nnane no! “Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so. Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel! Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho. Ɔne wɔn ɔhene! Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim; ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn. Nnome biara renka Yakob, abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so. Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ, ‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’ Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu. Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie na wanom ne mogya nyinaa!” Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.” Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?” Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.” Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so. Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ. Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so. Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so, hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so, na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so: “Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ, Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka. “Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo, te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua, te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho. Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn. “Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn. Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.” Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!” Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ, ‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.” Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so: “Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora. Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so adi nkonim. Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.” Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ, “Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan, nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!” Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ, “Mo atenaeɛ yɛ pa ara, wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu. Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.” Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ: “Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu? Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba Na abɛka Eber ne Asur ahyɛ. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.” Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom. Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi. Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame. Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie. Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose sɛ, “Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn wɔ Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano yɛ den no bɛfiri wɔn so.” Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa. Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no. Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa wɔ Israelfoɔ no mu, nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae. Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam. Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.” Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima. Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔfaa mo sɛ atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no wɔ Peor ɔyaredɔm ɛda no.” Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ, “Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.” Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.” Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie. Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ: Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu; Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi. Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730). Na Palu yɛ Eliab aseni, na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia. Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa. Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu: Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo. Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu: Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi. Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni. Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni. Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri; Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod. Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli. Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500). Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so. Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa. Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub. Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron. Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300). Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase: Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered. Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel. Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum. Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ. Manase asefoɔ: Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir. Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead. Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase: Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek. Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel. Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem. Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida. Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer. Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700). Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan. Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase: Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran. Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500). Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu. Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela. Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel. Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram. Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam. Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu. Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard. Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman. Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600). Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu. Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ. Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400). Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel. Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera. Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400). Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu. Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel. Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni. Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem. Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan (45,400). Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730). Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa. Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.” Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari. Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ, Hebronfoɔ, Mahlifoɔ, Musifoɔ ne Korafoɔ. Kohat yɛ Amram tete agya; Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ. Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi. Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no. Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ, ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua. Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim. Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya. Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.” Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. Awurade buaa Mose sɛ, “Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn. “Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa. Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn. Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.” Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so. Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no, ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so. Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.” Awurade buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no, na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa. Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no. Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.” Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa. Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no. Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano. Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ. Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho. Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ. “ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no. Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no. “ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani. Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu. Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho. “ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara. Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho, na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho. Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho. Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho. Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara. “ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no. Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson. Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho; na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho. Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho. Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no. “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara. Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho. Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho. Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ. Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara. Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade —nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra. Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho. Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho. “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim. Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan. Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho. Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho. “ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ. Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho. Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ. “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho. Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. “ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho. Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho. “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara. Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho. Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho. “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no. Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no. “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ. Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no. “ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no. Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ. Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho. Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho. “ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ” Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Afei, Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade ahyɛ sɛ, sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ no, ɛnsɛ sɛ ɔbu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. “Sɛ ababaawa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ ɛberɛ a ɔda so te nʼagya fie, na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ no di mu. Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no si no bɔhyɛ no ho ɛkwan ɛda a ɔbɛte no a, ɔde sɛe bɔhyɛ no. Awurade de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ, nʼagya ampene sɛ ɔbɛdi so. “Sɛ ɔhyɛ bɔ a ɛnyɛ na akyire no ɔkɔware na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee ɛda no ara a, ne bɔhyɛ no di dwuma. Na sɛ ne kunu no po bɔhyɛ bɔne no a, po a ɔpoeɛ no di mu enti, Awurade de bɛkyɛ no. “Sɛ ɔbaa yɛ okunafoɔ anaa wɔagyaa no aware a, ɛkwan biara so, ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ nyinaa so. “Sɛ waware na ɔte ne kunu fie a ɛhɔ na ɔhyɛɛ ɛbɔ no, na ne kunu no teeɛ na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no di mu. Na sɛ ɛda no ara a ɔteeɛ no, sɛ wampene so a, ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de bɛkyɛ no. Enti, ne kunu na ɔbɛsi so dua anaasɛ ɔbɛkasa atia bɔhyɛ no. Sɛ ɛda mu no nyinaa wanka ho hwee deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔpene so. Sɛ ɔtwɛn ma ɛda koro fa so na sɛ ɔbɛka sɛ bɔhyɛ no nni mu a, ɛho asotwe biara a ɔbaa no penee so no bɛba ɔbarima no so.” Yei ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere ne agya ne ne babaa a wɔn nyinaa te efie baako mu no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.” Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no. Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no. Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ. Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu. Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no. Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho. Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa. Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho. Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no. Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan. Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no? Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no. Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa. Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena. “Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so. Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.” Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose. Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no, ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho. Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu. Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ Awurade nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. Awurade kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako. Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma Awurade. Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.” Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000); anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000); mfunumu mpem aduosia baako (61,000); ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000). Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie: Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500) a wɔde mu ahansia aduɔson enum (675) maa Awurade; Anantwie mpem aduasa nsia (36,000) a wɔde mu aduɔson mmienu (72) maa Awurade; mfunumu mpem aduasa ne ahanum (30,500) a emu aduosia baako (61) yɛ Awurade kyɛfa; mmaayewa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa mmienu (32) maa Awurade. Wɔde Awurade kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi: nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500), anantwie mpem aduasa nsia (36,000), mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne mmaayewa mpem dunsia (16,000). Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera. Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.” Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron. Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi. Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea. Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no, wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon. Saa nsase yi nyinaa, Awurade ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie. Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.” Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no sɛ, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha wɔ ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko? Mopɛ sɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so. Na Awurade bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam sɛ, wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni hɔ a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, ɛfiri sɛ, wɔanni ne mmara so. Agye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Awurade ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so hɔ mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ. “Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no. Sɛ motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so hɔ akyɛre na sɛ nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so.” Wɔteaam sɛ, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so. Sɛ Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha. Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam hɔ no.” Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no, na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a, ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo. “Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.” Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu. Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.” Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ, “Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn; na sɛ wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.” Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio sɛ, “Yɛbɛdi Awurade asɛm so; yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.” Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo. Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer. Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan wɔ mu yie. Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim, Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ. Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa. Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ. Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ. Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no. Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu. Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn. Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim. Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot. Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano. Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho. Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara. Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ. Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so. Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka. Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus. Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom. Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so. Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa. Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot. Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma. Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres. Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna. Wɔfirii Libna kɔɔ Risa. Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata. Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so. Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada. Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot. Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat. Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera. Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka. Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona. Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot. Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan. Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad. Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata. Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona. Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber. Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so. Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano. Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no. Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so. Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so. Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona. Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon. Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot. Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so. Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad. Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim. Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so. Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no. Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no. Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a, mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa. “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so. Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ: “ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no. Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon. Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano. Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no. Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor, de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad ne Sifron akɔ Hasar-Enan. Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam, na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no. “ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ” Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa. Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua. Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi. “Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: “Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb; Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel; Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad; Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki; Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel; Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel; Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni; Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni; Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni; Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.” Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no. Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ. Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ. “Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn apem ne ahanum. Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no. “Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho. Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea. Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.” Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no sɛ, sɛ wɔduru asase no so a, wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ sɛ ɔdwane kɔ hɔ. Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no, gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ. Ɛsɛ sɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa. “Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no. Sɛ ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkum no bi. Enti, sɛ obi nam ɔtan so to biribi bɔ obi, anaasɛ ɔtetɛ no, anaa ɔde abufuo bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ sɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no. “Na sɛ nkwanhyia no mu, sɛ obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim sɛ ɛbɛbɔ obi anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na sɛ onipa ko no wu a, ɛsɛ sɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa. Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu. “Sɛ owudifoɔ no firi kuro no mu na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no sɛ ɛyɛ awudie, ɛfiri sɛ, anka ɛsɛ sɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi kɔ ne kurom. “Yei yɛ Israelfoɔ mmara a ɛwɔ hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. “Ɛsɛ sɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye sɛ adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wɔkum no. Sɛ onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ sɛ wɔkum no. “Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara. “Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan sɛ ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan kɔ ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu. “Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu sɛ asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri sɛ, awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye sɛ wɔkum owudifoɔ no. Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri sɛ, Me, Awurade mete hɔ bi. Mene Awurade a mete Israelfoɔ mu no.” Afei, Gilead abusua no ntuanofoɔ, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nana asefoɔ kɔɔ Mose ne Israel ntuanofoɔ nkyɛn de adesrɛdeɛ kɔtoo wɔn anim. Wɔkaa sɛ, “ Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ bɔ ntonto kronkron na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ fa yɛn nuabarima Selofehad agyapadeɛ ma ne mmammaa. Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforɔ mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ awadeɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase kɛseɛ so bɛte. Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, saa agyapadeɛ no bɛka hɔ ara. Na ɛbɛfiri abusuakuo a anka ɛwɔ no no nsam koraa.” Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a ɛfiri Awurade yi maa Israelfoɔ no: “Yosef abusuakuo mu nnipa no asɛm no yɛ nokorɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu. Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔ abusuakuo foforɔ nsam, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ abusuakuo biara agyapadeɛ tena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ firi kane no. Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu. Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.” Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma. Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu. Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho. Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ ɛserɛ no so wɔ Yordan apueeɛ. Wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yordan bɔnhwa a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no. Ɛfiri Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɛkwan a ɛfa bepɔ Seir no yɛ nnafua dubaako kwan. Israelfoɔ firii Bepɔ Sinai no, afe a ɛtɔ so aduanan no bosome dubaako no ɛda a ɛdi ɛkan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa saa asɛm yi wɔ ɛberɛ a na wɔadi Amorifoɔ ɔhene Sihon a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na ɔdi adeɛ wɔ Astarot ne Edrei so nkonim. Yordan agya a ɛwɔ Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara no mu sɛ: Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: “Moatena saa bepɔ yi so akyɛre dodo. Montutu nkɔtena Amorifoɔ nkokoɔ so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔ no mu ne atɔeɛ mmepɔ ayaase nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkɔsi Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon nkɔduru Asubɔnten Eufrate ho. Montie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefoɔ no.” Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma. Awurade, mo Onyankopɔn, ama moadɔre enti ɛnnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma. Awurade mo agyanom Onyankopɔn mma mo nnɔre mmɔho mpempem na ɔnhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko mɛtumi masoa mo haw ne mo nnesoa ne mo aperedie? Monyi mmarima bi a wɔwɔ nyansa, nteaseɛ, na wɔwɔ edin pa mfiri abusuakuo biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.” Mobuaa me sɛ, “Dwuma a woasusu sɛ wobɛdi no yɛ.” Enti, mede mo mmusuakuo mu mmarima atitire, anyansafoɔ a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu so mpanin ne mo mmusuakuo so sɛ ahwɛfoɔ. Na atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔhoɔ bi a, monhwɛ na mommu atɛntenenee. Mo atemmuo mu, mommmu ntɛnkyea. Montie ɔketewa ne ɔkɛseɛ pɛ. Monnsuro onipa biara, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔbu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na menni. Na saa ɛberɛ no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo. Na sɛdeɛ Awurade hyɛɛ yɛn no, yɛfirii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifoɔ bepɔ a yɛnam ɛserɛ pradada a moahunu no so kɔduruu Kades-Barnea. Afei, meka kyerɛɛ mo sɛ, “Moaduru Amorifoɔ bepɔman a Awurade de rema yɛn no so. Awurade, mo Onyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Monnsuro: mommma obi ntu mo aba mu.” Ɛnna mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no mma yɛn na wɔmmɛka deɛ wɔbɛhunu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn ɛkwan ne nkuro ko a yɛbɛfa so.” Na saa nsusuiɛ yi yɛ ma me enti meyii akwansrafoɔ dumienu a ɔbaako biara firi mo mmusuakuo dumienu no mu. Wɔforoo bepɔ no na wɔkɔduruu Eskol subɔnhwa mu sraa hɔ. Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkaa sɛ, asase a Awurade yɛn Onyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa. Nanso, na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motee Awurade asɛm so atua. Monwiinwii wɔ mo ntomadan mu kaa sɛ, “ Awurade tan yɛn enti na ɔde yɛn firi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsam sɛ wɔnkunkum yɛn. Yɛrekɔ no sɛn? Yɛn akwansrafoɔ no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka sɛ asase no so nnipa yɛ atentene ahoɔdenfoɔ sene yɛn. Wɔn nkuro yɛ akɛseɛ a afasuo a wɔatoto afa ho no kɔ ɔsorosoro. Na mpo, yɛhunuu Anakfoɔ mma no bi wɔ hɔ!’ ” Na meka kyerɛɛ mo sɛ, “Monnsuro! Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. Na mohunuu nso sɛdeɛ Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoasoɔ wɔ ɛserɛ so ha sɛdeɛ agya hwɛ ne ba no. Afei, ɔde mo abɛduru beaeɛ ha.” Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni. Ɔdii mo anim pɛɛ beaeɛ pa maa mo tenaeɛ, de ogyadum kyerɛɛ mo ɛkwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo ɛkwan awia. Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ, “Saa awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu, onipa baako koraa nni hɔ a ɔbɛhunu asase pa a maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom agye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefoɔ, ɛfiri sɛ, wadi Awurade akyi nokorɛm.” Me nso, ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da! Na mmom, wo ɔboafoɔ Nun babarima Yosua na ɔbɛdi ɔmanfoɔ no anim akɔ asase no so. Na sɛ ɔreboa ne ho akɔ hɔ a, hyɛ no nkuran. Mede asase no bɛma wo mma a wɔnnim biribiara. Wo mma a wɔnnim papa nnim bɔne no. Na mosuro sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum, nanso wɔn na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so. Na mo deɛ, monnane mo ani nkɔ ɛserɛ so a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so hɔ.” Ɛnna mogye too mu sɛ “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti, wɔfaa wɔn akodeɛ miaeɛ. Na wɔgye di sɛ ɛhɔ sodie bɛyɛ mmerɛ ama wɔn. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mma wɔnnkɔko, ɛfiri sɛ, wɔkɔ a merenni wɔn akyi. Wɔn atamfoɔ no bɛdi wɔn so.’ ” Asɛm a meka kyerɛɛ mo ni, nanso moantie. Na mmom, mosɔre tiaa Awurade ahyɛdeɛ no bio nam ahomasoɔ so kɔɔ asase no so kɔkoeɛ. Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so nso sɔre baa sɛ nwowa ne mo koeɛ. Wɔtaa mo kunkumm mo firii Seir kɔduruu Horma. Afei, mosane baa mo akyi bɛsuu wɔ Awurade anim, nanso wantie. Enti, motenaa Kades nna bebree. Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree. Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie. Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ. Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ” Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo. Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.” Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ. Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ. Awurade kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered. Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu. Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.” Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no. Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu. Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi. Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu. “Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no. Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.” Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara. Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so, sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.” Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.” Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no, Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so. Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara, gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ. Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no. Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro no, ɛfiri sɛ, mede ɔno ne nʼakodɔm ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Asɛm a ɛtoo Amorifoɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.” Enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, sane de Basanhene Og ne nʼakodɔm nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn guiɛ a anka wɔn mu baako koraa. Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho. Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree. Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa. Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ. Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa. Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir. Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara. Yɛfaa asase no, mede asase no fa a ɛda firi Aroer Arnon subɔnhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ. Afei, mede asase no nkaeɛ a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a ɛyɛ na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane asase. Manase abusua ɔkannifoɔ Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de bɛsi ɛnnɛ. Mede Gilead maa Makir, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn asase bi a ɛfiri Gilead fa bi, kɔsi Arnon subɔnhwa ho, de kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfoɔ hyeɛ no so. Atɔeɛ hyeɛ no firi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a ɛfiri Kineret kɔsi Nkyene Ɛpo a ɛda Pisga bepɔ ayaase no. Na mehyɛɛ mo saa ɛberɛ no sɛ, “ Awurade mo Onyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofoɔ nyinaa nhyɛ akodeɛ nni mo nuanom Israelfoɔ anim ntwa Yordan. Mo yerenom, mo mma ne mo afieboa bebrebe no deɛ, monnya wɔn wɔ mo akyi wɔ nkuro a mede ama mo no so. Sɛ Awurade bɔ Israelfoɔ a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de ama wɔn a ɛtwam Asubɔnten Yordan no so a, afei motumi sane mo akyi ba asase a mede ama mo no so.” Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Woahunu deɛ Awurade wo Onyankopɔn ayɛ saa ahemfo baanu yi. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa. Nsuro aman a wɔwɔ hɔ no na Awurade bɛko ama wo.” Saa ɛberɛ no, mesrɛɛ Awurade sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo? Mesrɛ wo, ma me ntwa Yordan nkɔhwɛ asase nwanwa a ɛda ɛfa hɔ, ɔman fɛfɛ no ne Lebanon mmepɔ no.” Nanso ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ “Ɛyɛ, nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me. Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ ne apueeɛ. Esiane sɛ, worentwa Yordan no enti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no. Nanso, tu Yosua na bɔ nʼaba so, na hyɛ no den na ɔno na ɔbɛdi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi so.” Ɛno enti, yɛtenaa subɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor. Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ. Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so. Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no. Nanso, wɔn a na wɔdi Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ nyinaa da so te ase bɛsi ɛnnɛ. Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo. Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!” Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi? Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi? Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte. Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ ɔmanfoɔ no wɔ mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no.” Mobɛgyina bɛnee bepɔ no ayaase ɛberɛ a na bepɔ no rehye no. Egyaframa no tu kɔɔ soro a omununkum ne esum kabii aduru no. Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ. Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ monni so no adi; mmaransɛm edu a ɔtwerɛɛ guu aboɔ ɛpono mmienu so no. Saa ɛberɛ no na Awurade hyɛɛ me sɛ memfa mmara a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asase a morebɛhyɛne so akɔtena so no mma mo. Monhwɛ yie! Ɛberɛ a Awurade kasa faa ogya mu kyerɛɛ mo firi bepɔ Horeb so no, moanhunu no. Ɛno enti, Monnnaadaa mo ho nyɛ mfoni hunu bi wɔ mo tirim sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima, aboa anaa anomaa, aboa a ɔwea fam anaa nsuomnam. Na sɛ mohwɛ ewiem na mohunu owia, ɔsrane ne nsoromma a, mma wɔnntwetwe mo nkɔsom wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ saa ewiem abɔdeɛ yi maa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. Na mo deɛ, Awurade yii mo firii dadeɛ fononoo mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadedifoɔ sɛdeɛ mote ɛnnɛ yi. Mo enti, Awurade bo fuu me yie. Ɔkaa ntam sɛ, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so da. Ɛwom sɛ mobɛtwa Yordan akɔtena hɔ asase no so, na me deɛ, mɛwu wɔ asuo no fa ha. Enti, monhwɛ yie na moammu apam a Awurade, mo Onyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Sɛ moyɛ abosom sɛso biara a mo Awurade mo Onyankopɔn abra mo no a, na ɛkyerɛ sɛ, moabu apam no so. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn. Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, sɛ bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a, mefrɛ ɔsoro ne fam sɛ mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi sɛ, ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam wɔ so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa. Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase. Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no. Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no. Sɛ ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ Awurade mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no. Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no. Hwehwɛ abakɔsɛm mu firi ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so bɛsi ɛnnɛ yi. Afei, hwehwɛ firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Hwɛ sɛ biribi kɛseɛ a ɛte sɛ yei asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? Ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa? Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa sɛ ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a mo ani hunuiɛ. Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini. Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ɔhyira wɔn asefoɔ enti na ɔno ara nam ne tumi kɛseɛ so yii mo firii Misraim no. Ɔpamoo saa aman yi a na wɔn ho yɛ den sene mo wɔ mo anim sɛdeɛ mobɛba wɔn asase so abɛdi so sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio! Sɛ moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre wɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so. Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam a, sɛ ɛba sɛ obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔ hɔ kɔbɔ ne ho adwaa. Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo. Yeinom ne mmara a Mose de maa Israelfoɔ no. Israelfoɔ no firii Misraim no, yeinom ne akwankyerɛ, mmara ne ahyɛdeɛ a Mose de maa wɔn ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ. Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ. Saa asase yi na ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano kɔsi Sion bepɔ, a wɔfrɛ no Hermon no ho. Israelfoɔ no sane faa nsaase a ɛfiri Araba ɛpo no ano kɔsi bepɔ Pisga ase. Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so. Ɛberɛ a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Onyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ. Awurade ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu. Megyinaa mo ne Awurade ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo. Nsɛm a ɔkaeɛ no nie: “Mene Awurade mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom wɔ Misraim no. “Monnsom onyame foforɔ biara nka me ho. Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so. Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ. Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie ne mo afunumu anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. Monkae sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ nkoa wɔ Misraim, na Awurade, mo Onyankopɔn, nam anwanwa tumi ne tumi nnwuma so na ɔyii mo firii hɔ. Ɛno enti na Awurade mo Onyankopɔn hyɛ mo sɛ monni homeda no. Di wʼagya ne wo maame ni sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo no. Na ɛbɛma wo nkwa nna aware wɔ asase a Awurade wo Onyankopɔn de bɛma wo no so. Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno Nni wo yɔnko ho adansekurumu Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fie anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenawa, ne nʼanantwie, nʼafunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” Awurade de nne kɛseɛ a ɛfiri ogyaframa no mu ka kyerɛɛ mo firii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu. Nsɛm a ɔkaeɛ ara ni na ɔtwerɛɛ ne nsɛm no guu aboɔ ɛpono mmienu so na ɔde maa me. Motee nne no firii esum mu ɛberɛ a bepɔ no ogya redɛre framfram no, mmusuakuo mu ntuanofoɔ no nyinaa baa me nkyɛn. Wɔkaa sɛ, “ Awurade yɛn Onyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanimuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afiri ogya mu. Ɛnnɛ, yɛahunu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase. Na afei, adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu? Sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛwuwu na ogya no ahye yɛn pasaa. Enti, ɔkra teasefoɔ bɛtumi ate Onyankopɔn teasefoɔ no nne afiri ogyaframa no mu na watena ase anaa? Wo, kɔ na kɔtie deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn no ka. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie na yɛadi so.” Awurade tee mo nne ɛberɛ a mokasa kyerɛɛ me no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mate nsɛm a nnipa ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaaeɛ no nyinaa yɛ. Ao, sɛ daa wɔbɛnya akoma sɛdeɛ ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛdeɛ nyinaa so a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn ne wɔn asefoɔ nyinaa afebɔɔ. “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, wɔnsane mmra wɔn ntomadan mu. Nanso, wo deɛ, wo ne me ntena ha sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi de me nhyɛ ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛdeɛ wɔbɛtie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapadeɛ.” Enti, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na monni ne nkyerɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ. Akwan a Awurade mo Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monnante so no so, monnante so. Na moatena ase nna tenten na asi mo yie wɔ asase a morebɛkɔ akɔtena so no so.” Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware. Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no. Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro. Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho. Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma. Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no. Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea; na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so. Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no. Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no. Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no. Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no. Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?” Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim. Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa. Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.” Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo. Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de saa aman yi hyɛ mo nsa na modi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nnhyehyɛ apam biara na monnhunu wɔn mmɔbɔ. Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. Ɛfiri sɛ, wɔakɔsom wɔn anyame foforɔ. Na Awurade abufuo bɛhuru atia mo na wasɛe mo. Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni. Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ Awurade mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko. Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na Awurade anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu. Na mmom, ɛyɛ Awurade dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no. Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so. Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn. Ɛno enti, monni ahyɛdeɛ ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so. Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, Awurade, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so. Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wayɛ mo ɔman kɛseɛ. Ɔbɛma mo awo mma bebree na wama mo asase adɔre na mo nyɛmmoa ase ayɛ bebree. Sɛ moduru asase a ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so a, mobɛnya aburoo, nsã, ngo, anantwie, nnwan ne mpɔnkye bebree. Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo. Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ. Monsɛe aman a Awurade mo Onyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Monnhunu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛsum mo afidie. Mobɛbisa mo ho sɛ, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apamo wɔn?” Nanso, monnsuro wɔn. Monkae adeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfoɔ nyinaa wɔ Misraim. Mode mo ankasa mo ani hunuu amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm a ɛbaa wɔn so. Mohunuu tumi nsa ne abasa a wɔatrɛ mu a Awurade, mo Onyankopɔn, nam so yii mo firii hɔ no. Nnipa a mosuro wɔn seesei no, Awurade Onyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so. Ɛno akyi, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma mmɔborɔ abɛpam kakra a aka no afiri wɔn atɛeɛ mu kɔsi sɛ wɔn ase bɛhye. Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa. Nkakrankakra, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no adi mo anim ɛkan. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfiri hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔre ntɛm na wɔaba mo so. Nanso, Awurade, mo Onyankopɔn de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa kɔsi sɛ ɔbɛsɛe wɔn. Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn. Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye wɔn. Mommma mo ani mmere ɛso dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no, na mommfa nto mo ho na anyɛ afidie anyi mo, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. Mommfa akyiwadeɛ biara mma mo fie, na moankɔyɛ nnome sɛ saa nneɛma no, na amma wɔansɛe mo. Ɛsɛ sɛ mokyi saa nneɛma no korakora, ɛfiri sɛ, ɛyɛ abusudeɛ. Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtena ase na moadɔɔso na moakɔ asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no na moatena so. Monkae sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no. Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm. Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso. Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo. Monni Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no. Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu; asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so. Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu. Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti. Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so. Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no. Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu. Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no firi mo ankasa mo ahoɔden mu. Daa monkae sɛ, Awurade mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so. Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo. Sɛdeɛ Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade mo Onyankopɔn a, saa ara na wɔbɛsɛe mo. Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ. Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?” Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no. Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa. Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so. Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma. Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua. Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom. Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me. Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me. Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.” Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me. Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so. Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim. Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie. Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na Awurade ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio. Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu. Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade. Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob. Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘ Awurade sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’ Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.” Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Twa aboɔ ɛpono no mmienu te sɛ kane deɛ no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.” Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam. Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me. Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ. Wɔfiri hɔ no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod hɔ no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so wɔ so. Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so yɛ wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ. Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ wɔ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no. Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapadeɛ.” Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie. Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea. Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no. Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso. Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma. Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ, mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu. Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi. Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te sɛ ɔsoro nsoromma. Dɔ Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa. Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa. Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi. Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha. Na wɔnni hɔ enti, wɔanhunu deɛ wɔde yɛɛ Eliab a ɔyɛ Ruben aseni mma Datan ne Abiram ɛberɛ a wɔyɛɛ bɔne na asase mu bue menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara a na nkwa wɔ mu a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no. Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa. Monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden akɔfa asase a morebɛtwa Yordan akɔ so akɔfa yi, na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so. Asase a morebɛkɔ so no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ no a na modua mfudeɛ a mode mo nan twa nsuka te sɛ deɛ moredua nhahannuane no. Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔ mmepɔ ne bɔnhwa a osuo tɔ wɔ hɔ yie a ɛyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, hwɛ so yie. Na daa Awurade mo Onyankopɔn ani wɔ so firi afe no ahyɛaseɛ kɔsi nʼawieeɛ. Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom no a, ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo. Ɔbɛma mo ɛserɛ pii na mo anantwie awe na mo nso mobɛdidi amee. Monnnane mo akoma mfiri Awurade so nkɔsom anyame foforɔ. Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so. Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire. Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so. Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no. Ɛwom sɛ aman a wɔwɔ mo asase so yɛ den sen mo deɛ, nanso Awurade bɛpamo wɔn nyinaa. Baabiara a mode mo nan bɛtia no, asase no bɛyɛ mo dea. Mo ahyeɛ bɛyɛ ɛfiri ɛserɛ so anafoɔ kɔsi Lebanon wɔ atifi fam de firi Asubɔnten Eufrate wɔ apueeɛ fam kɔsi Ntam Po no fam. Obiara rentumi nsɔre ntia mo, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛto mo ho hu ne mo ho suro adi mo anim sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no wɔ baabiara a mobɛkɔ wɔ asase no so. Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim, Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. Na sɛ mopo Awurade, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome. Na sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, de mo duru asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfiri Gerisim Bepɔ no so na monka nnome nsɛm nso mfiri Ebal Bepɔ so. Saa mmepɔ mmienu yi wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, asase a na Kanaanfoɔ a na wɔte Yordan subɔnhwa a ɛbɛn kuro Gilgal no te hɔ. Na wɔwɔ atɔeɛ fam a ɛbɛn More kwaeɛ no. Moreyɛ atwa Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a, monhwɛ yie na monni mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so. Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so. Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa. Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ. Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn. Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho. Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo. Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no, ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ. Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a, momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no. Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea. Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa. Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no. Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi. Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo. Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi. Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi. Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ. Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no. Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no. Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no. Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo. Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ. Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no. Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani. Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a, mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.” Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu. Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu. Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo, na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka sɛ, “Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a, monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa. Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den. Ɛsɛ sɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri sɛ, ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu. Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da,” anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia dea, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri firi asase ano kɔsi ano no a, mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso. Kum na ɛsɛ sɛ wokum no. Fa wo nsa di ɛkan kum no ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho. Monsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔtwe wo firi Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no ho. Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a ɔbɛfiri mo mu a, ɔbɛyɛ saa adeɛ no bio. Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ nnipa bɔnefoɔ bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kuro no mu anim de wɔn akɔsi bɔne mu aka sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ,” anyame a monhunuu bi da a, ɛsɛ sɛ mobisa mu, hwehwɛ mu yie. Na sɛ ɛyɛ nokorɛ na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nnebɔneyɛ bi akɔ so wɔ mo mu a, ɛsɛ sɛ wɔde akofena kunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu nyinaa. Monsɛe kuro no pasapasa, emu nnipa ne afieboa. Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano wɔ kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsane kyekyere bio. Asadeɛ a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Sɛ moyɛ saa a, Awurade bɛdane afiri nʼabufuhyeɛ no ho na wahunu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔre sɛdeɛ ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no, ɛfiri sɛ, moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn, na modi ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na moyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Moyɛ Awurade mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. Monnni akyiwadeɛ biara. Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ. Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa. Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo. Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa. Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo. Anomaa biara a ne ho te no, monwe. Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ, ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa, sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa, ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma nantwinoma, opete ne ɛpo so anene, ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan. Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe. Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn. Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu. Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn. Sɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a, motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ. Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye. Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no. Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu. Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so. Mfirinhyia nson biara awieeɛ, montwa mo aka mu. Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru. Saa bosea a wɔtwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfoɔ nko ara. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nka ho. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ ba mo mu ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so. Sɛ moto mo bo ase di Awurade mo Onyankopɔn mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, mobɛnya saa nhyira yi. Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so. Sɛ moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn. Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. Sɛ moammɔ ahiafoɔ no bosea na sɛ wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo fɔ sɛ moayɛ bɔne. Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so. Ɛberɛ biara, mobɛhunu ahiafoɔ wɔ mo mu. Ɛno enti na merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mo ne ahiafoɔ ne mo nuanom Israelfoɔ nkyɛ. Sɛ wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gya no ɛkwan. Na sɛ woregya no ɛkwan a, mma no nkɔ nsapan. Fa nsa a emu go gya no ɛkwan na ma no wo nnwan no, wʼayuporebea mu adeɛ ne wo nsakyimena mu adeɛ bi. Wo ne no nkyɛ wʼadonneɛ bi a Awurade, wo Onyankopɔn, de ahyira wo no bi. Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn yii mo firii hɔ. Ɛno enti na mede saa mmara yi rema mo ɛnnɛ yi. Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo sɛ, “Merennya wo hɔ nkɔ”, ɛfiri sɛ, ɔpɛ wo ne wʼabusuafoɔ asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a, ɛnneɛ, fa fitiiɛ bɔne nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara. Mma no nyɛ wo ya sɛ woregyaa wʼasomfoɔ no ama wɔafa wɔn ho akɔdie. Monkae sɛ, mfeɛ nsia ni no, wɔasom wo a sɛ wokɔfaa apaafoɔ sɛ wɔnsom wo a, anka wobɛtua apaafoɔ no sika mmɔho mmienu, na Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho. Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso. Mmom, mo ne mo abusuafoɔ, afe biara, monnwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn bɛyi ama mo no wɔ nʼanim. Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afira anaa wadi ɛdɛm foforɔ bi a, mommfa no mmɔ afɔdeɛ mma Awurade mo Onyankopɔn. Mmom, momfa no nyɛ aduane mma abusuafoɔ wɔ fie. Sɛ obi ho te o, sɛ ne ho nte o, ɔtumi di bi sɛdeɛ obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. Nanso, monnni mogya no. Monhwie ngu fam te sɛ nsuo. Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a Awurade bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu. Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no. Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa. Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma. Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. Na monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ. Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so. Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu. Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara. Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no. Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so. Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so. Monnsisi nnua biara sɛ abosompɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn afɔrebukyia a morebɛsi ama no no ho. Saa ara nso na monnsi aboɔ adum nsom wɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ. Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ. Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a, momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi. Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu. Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no. Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo. Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel. Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio. Sɛ moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,” monhwɛ sɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene. Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.” Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano. Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa. Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn. Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel. Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara wɔ Israel ɔman mu te sɛ mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi sɛ wɔn agyapadeɛ. Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara. Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ. Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ wɔnnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu. Sɛ Lewini bi pɛ na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a, ɔtumi som wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te sɛ deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara. Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ. Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu. Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim. Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan sɛ monyɛ saa. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no. Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri sɛ, mosuro sɛ anhwɛ a, mobɛwuwu. Na Awurade buaa sɛ, “Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn. Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn. Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka wɔ me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi. Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.” Mobɛbisa mo ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?” Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no. Sɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a, monyi nkuropɔn mmiɛnsa a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no. Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ. Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane. Ne saa enti na merehyɛ mo sɛ monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no. Sɛ Awurade mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a, ɛsɛ sɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. Sɛ moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi sɛ monnɔ Awurade mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo. Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ. Sɛ obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane kɔ nkuropɔn no bi so kɔtɛ a, ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu hɔ no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi. Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho fɔ wɔ Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo. Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase. Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no fɔ. Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ. Sɛ atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim. Ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na sɛ wɔhunu sɛ kwaadubɔni no retwa atorɔ a, wɔde asotwe a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu. Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro sɛ wɔbɛyɛ saa bɔne no bi. Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ modi so no yɛ nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu. Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim no bɛka mo ho. Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛkasa akyerɛ akodɔm no. Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo. Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.” Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu! Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba. Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.” Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.” Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano. Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn. Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo. Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so. Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, dane kuro no hyɛ mo nsa a, monkum kuro no mu mmarima nyinaa. Nanso, ɛyɛ a momfa kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa ne asadeɛ a aka nyinaa sɛ agyapadeɛ. Momfa asadeɛ no nyinaa a Awurade de ama mo no. Saa nhyɛ yi fa nkuro a ɛwɔ akyiri nko ara ho, na ɛnyɛ nkuro a ɛwɔ bɔhyɛ asase no so. Na amanaman nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no deɛ, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ no. Monsɛe Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ pasaa sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛɛ mo no. Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwadeɛ ho amanneɛ a wɔnam so somm wɔn anyame a anka ɛbɛma mo ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia Awurade, mo Onyankopɔn, no. Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so! Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo. Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a, mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da hɔ ne kuro a ɛbɛn no ntam. Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da, na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu. Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua. Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so. Na afei wɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso. Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so. Sɛ wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ hɔ. Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum, na sɛ wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, motumi ware no. Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ, na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no wɔ ɛberɛ a mokyeree no no ngu hɔ. Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi kɔ ne ho ma ɔyɛ ɔyere. Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ, moagu nʼanim ase. Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no wɔ ɔbabarima nanso nʼabakan no yɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, na sɛ ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima. Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa yɛ ne dea. Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a, deɛ ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim. Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ, “Yɛn babarima yi yɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani.” Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu. Sɛ obi yɛ amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a, ɛnsɛ sɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ sɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri sɛ, obiara a wɔsɛn no dua so saa no yɛ Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no ho fi. Sɛ wohunu sɛ obi nantwie anaa sɛ ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura. Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no kɔ wo fie kɔsi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no. Sɛ wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera wɔ ɛkwan no so a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so. Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre. Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ yei yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na sɛ anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ. Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie sɛ wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware. Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so. Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara wɔ bobe no ntam. Sɛ woyɛ saa a, wonni ho kwan sɛ wote bobe aba wɔ bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara. Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo. Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono. Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano. Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,” a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano. Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio. Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie.” Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim. Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso. Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako sɛ wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio. Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ, na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a, wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom hɔ mmarima asi no aboɔ wɔ hɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne wɔ Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ sɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu. Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ motu saa bɔne no ase wɔ Israel. Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a, ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so. Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no. Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da. Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi. Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase. Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase. Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase. Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn dɔ mo. Na sɛ mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da. Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri sɛ, Edomfoɔ yɛ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu sɛ ahɔhoɔ. Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ Awurade badwa ase. Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho. Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa. Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ. Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ. Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so. Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo. Sɛ ɛba sɛ nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi. Momma wɔntena mo mu wɔ kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ. Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbaa yɛ no ho hyiadan mu odwamanfoɔ. Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ. Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom. Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no. Sɛ mohyɛ Awurade mo Onyankopɔn bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hwehwɛ sɛ, ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. Sɛ moanyɛ a, mobɛdi ho fɔ. Nanso, sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. Na sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn na woahyɛ no bɔ no. Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wɔ wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra wɔ mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ sɛ mode sekan twa. Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri sɛ wahunu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie, na ɔfiri fie hɔ na ɔbarima foforɔ kɔware no, na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a, ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so. Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ. Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi. Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu. Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so. Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ Miriam. Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ. Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo. Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ sɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ. Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na Awurade, wo Onyankopɔn, bɛka sɛ woayɛ wo nyamedwuma na wahyira wo. Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so. Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ Awurade atia wo, na wobɛdi bɔne ho fɔ. Ɛnsɛ sɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn ankasa bɔne ano. Ɛsɛ sɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ sɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa. Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no. Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka wɔ so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo sɛ monyɛ yei no. Sɛ akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi fɔ no aso. Sɛ ɔbarima a ɔdi fɔ no fata sɛ wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada hɔ na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim. Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano. Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no. Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel. Na sɛ ɛba sɛ owufoɔ no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn sɛ, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me.” Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a, okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa. Sɛ Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a, ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu. Momfa nsania papa nkari adwadeɛ na monsusu adwadeɛ no pɛpɛɛpɛ. Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da. Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn. Ɛno enti, sɛ Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da! Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a, momfa otwakane wɔ otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.” Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim. Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn. Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no. Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so. Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Mede akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri me fie ama Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. Memmuu wo mmara no bi so anaa me werɛ mfirii wo mmara no bi. Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. Firi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufosuo ne ɛwoɔ retene wɔ so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.” Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so. Moapae mu aka no ɛnnɛ sɛ, Awurade yɛ, mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no. Na Awurade aka no ɛnnɛ sɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno enti, ɛsɛ sɛ modi ne mmara nyinaa so. Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛseɛ asene ɔman biara. Afei, mobɛnya nkamfoɔ, animuonyam, na mo din bɛhyeta. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so. Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho. Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho. Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka. Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.” Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ. Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.” Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no. Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome. Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ: “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” “Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa. Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa: Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu. Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo. Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo. Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu. Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim. Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so. Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo. Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn. Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn. Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn. Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so. Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu. Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo. Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo. Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo. Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti. Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye. Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ. Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe. Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so. Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn. Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo. Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so. Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo. Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba. Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo. Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee. Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so. Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam. Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so. Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ. Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn. Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ. Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no. Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ. Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu. Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ. Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan. Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo. Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa. Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti, mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo. Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa; ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra. Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe. Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono. Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ, na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti. Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ. Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu. Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a, Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ. Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da. Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe. Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn. Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so. Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ! Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa. Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann. Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia. Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo. Yei ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no. Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ahunu deɛ Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanimfoɔ ne ne ɔman nyinaa wɔ Misraim no. Mo ankasa mohunuu sɔhwɛ akɛseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ akɛseɛ no. Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm. Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi. Moanni aduane, annom nsã anaa nsã a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛdeɛ mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no. Yɛduruu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso, yɛdii wɔn so. Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno enti, monni saa apam yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yie. Mo nyinaa—mo mmusuakuo mpanimfoɔ, mo atemmufoɔ, mo ahwɛfoɔ ne Israel mmarima nyinaa, ɛnnɛ mogyina Awurade, mo Onyankopɔn, anim, mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔbu mo nnua, soa mo nsuo. Mogyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Onyankopɔn, rebɛyɛ apam, apam a Awurade ne mo reyɛ ɛnnɛ. Ɔde ntam bɛsɔ ano, na wasi so gyinaeɛ sɛ ɛnnɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ na ɔno nso bɛyɛ mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho. Apam yi, ɛnyɛ mo a mo ne yɛn gyina ha ɛnnɛ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim no nko dea. Na mmom ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnni ha nso. Mo ankasa monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim ne sɛdeɛ yɛreba ha no yɛfaa aman so bɛsii ha. Mohunuu akyiwadeɛ ahoni a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn. Monhwɛ yie sɛ ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua biara a wɔwɔ mo mu ɛnnɛ no mu biara akoma rennane mfiri Awurade, mo Onyankopɔn, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhunu sɛ, duhini biara nni mo mu a ɛpu bɔnwoma a ɛyɛ nwono saa. Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔte nnome ho kɔkɔbɔ nsɛm yi susu sɛ ɔno deɛ hwee renka no. Mma no nka wɔ ne tirim sɛ, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Yei de ɔsɛeɛ a ɛso bɛba. Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Awurade bɛtwe wɔn afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu agu wɔn so. Afei, nkyirimma a wɔbɛba, wɔn a wɔfiri mo ase ne wɔn a wɔfiri ahɔhoɔ ase a wɔfiri akyirikyiri asase so bɛhunu asase no sɛeɛ ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no. Wɔbɛhunu sɛ, wɔn asase no dɔteɛ adane sɔfe ne nkyene a wɔdua so biribiara a ɛnyɛ yie, na hwee nso nnyini wɔ so—mpo, ɛserɛ ahahan. Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuo mu no. Aman a atwa ahyia no bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn enti na ne bo fu denden saa?” Na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, “Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔdane kɔsom anyame foforɔ a wɔyɛ ahɔhoɔ ma wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom. Ɛno enti na Awurade abufuo dɛre tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no baa wɔn so no. Abufuhyeɛ mu, Awurade tutuu ne nkurɔfoɔ ase firii wɔn asase so twaa wɔn asuo de wɔn kɔguu asase foforɔ a wɔte so seesei no.” Ahintasɛm nyinaa firi Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na nneɛma a wada no adi akyerɛ yɛn ne yɛn asefoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ne mmaransɛm yi so. Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so wɔ baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ wɔ aman no mu, na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa yɛ ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a, ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio. Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio. Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa sɛ agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena. Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so. Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no. Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho. Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso. Ɛnni soro a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so. Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim. Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so. Nanso sɛ mo akoma dane, sɛ moanyɛ ɔsetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a, mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ sɛ, nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapadeɛ no so nkyɛ. Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa! Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri sɛ, ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛberɛ a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ wieeɛ no, ɔkaa bio sɛ, “Seesei madi mfeɛ ɔha ne aduonu enti, merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan. Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, ankasa bɛdi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforɔ a ɔbɛdi mo anim sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no. Awurade bɛsɛe amanaman a wɔte asase no so no sɛdeɛ ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo no. Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na mo ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ mɛhyɛ mo no. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso.” Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!” Afei, Mose twerɛɛ mmara yi too hɔ; ɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Lewi mmammarima a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. Mose hyɛɛ wɔn sɛ, “Mfeɛ nson biara awieeɛ, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. Israelfoɔ nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate. Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔte mo nkuro so nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛte na wɔbɛsua sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, na wɔbɛdi mmara no so pɛpɛɛpɛ, na ama wɔn mma a wɔnnim mmara no ate na wɔasua sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, mmerɛ dodoɔ a mote asase a moretwam afa Yordan akɔfa sɛ agyapadeɛ so no.” Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa wɔ hɔ.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ ntomadan no mu. Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ fadum omununkum mu wɔ ntomadan kronkron no aboboano. Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so. Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’ Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti. “Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn. Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so. Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu hɔ saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no. Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so, na mʼankasa mɛka mo ho.” Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no, ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no: “Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ. Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente! Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn. Menim sɛ me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri sɛ, monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ.” Enti, Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia wɔ hɔ no. Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa! Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom. Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so. Mɛbɔ Awurade din; Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no. Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no; sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa? Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye. Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no? Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ. Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ? Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo. Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko. Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma, na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho, saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn, sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro. Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan. Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara. Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so; Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ; ɔde abotan mu woɔ, ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn. Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu. Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo. Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ. Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo. Mʼabufuo dɛre sɛ ogya, na ɛhye kɔsi damena mu. Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa na ɛpaapae mmepɔ fapem. “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so na mato me bɛmma awowɔ wɔn. Mede ɛkɔm kɛseɛ, huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so. Wɔde wiram mmoa se ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn. Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano, na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmeranteɛ ne mmabaawa mmɔfra ne mpanin nyinaa. Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera. Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie, sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ, ‘Yɛn tumi adi nkonim! Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ” Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ. Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase! Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma ɔpedu adwane, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn. Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama. Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛdeɛ wɔhunu no. Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu firi Gomora bobe nturom. Wɔn bobe aba yɛ awuduro na wɔn siaka nso yɛ nwono. Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ; aprammire ano borɔ kɔdiawuo. “Merekora saa nneɛma yi nyinaa, asɔ ano de asie mʼadekoradan mu. Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka. Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri. Wɔn amanehunu da no bɛduru, na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.” Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ. Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no, anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea! “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam. Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro Ka sɛ: Sɛ mete ase yi, Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano na mefiri atemmuo ase a, mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere na matua wɔn a wɔtan me so ka. Mɛma me bɛmma anom mogya abo, na mʼakofena asɛe honam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.” Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie, ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were. Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho. Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no, ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara. Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.” Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no. Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no. Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ. Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.” Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu: Ɔkaa sɛ, “ Awurade firi Sinai ba bɛpuee yɛn so firii Seir; ɔhran firii Paran bepɔ so. Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so. Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no, akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam. Wɔkoto wo nan ase, na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ; mmara a Mose de maa yɛn no: Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ. Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa Israel mmusuakuo no. “Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre. Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.” Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie: “Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ fa no brɛ ne nkurɔfoɔ. Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban. Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!” Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie: “Ao Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ. Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho. Lewifoɔ tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wɔdii wo nokorɛ sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ, wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ. Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so. Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku; bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.” Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “ Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.” Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “ Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no, ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu; ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu, ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu. Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba. Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman, apamo wɔn akɔ asase ano. Yei ne me nhyira a mede rema Efraim bebrebe ne Manase mpempem no.” Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu. Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.” Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire. Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn. Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no, wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma, na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.” Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie: “Dan yɛ gyata ba a ɔrehurihuri firi Basan.” Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie: “Ao Naftali, wowɔ adom bebree na Awurade nhyira ayɛ wo ma; atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.” Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie: “Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim; ne nuanom mfa anidie mma no; wɔmfa ngo nsra ne nan ho. Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ; Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa. “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn; Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo, ɔde ne tumi nante omununkum mu. Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’ Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu; Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so, na ɔsoro tɔ bosuo gu so. Nhyira nka mo, Ao Israel! Hwan na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ ne mo nkonimdie akofena! Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim, na moatiatia wɔn so.” Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no wɔ Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan; Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho; Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so.” Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee. Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den. Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so. Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ. Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu. Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa. Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa. Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ, “Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so. Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ. Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa. Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da. Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa. “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu. Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie. Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.” Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no sɛ, “Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.” Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘ Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’ Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.” Wɔbuaa Yosua sɛ, “Deɛ woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no. Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!” Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no. Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.” Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.) Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu. Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, “Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no. Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase. “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ, moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.” Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.” Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.” Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara. Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so. Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.” Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano. Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara. Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. Wɔkaa sɛ, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.” Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. Nnansa akyi no, Israelfoɔ ntuanofoɔ no faa atenaeɛ hɔ nyinaa maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi. Esiane sɛ momfaa ha da no enti, wɔbɛkyerɛ mo ɛkwan. Momma akwansini fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.” Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monnwira mo ho, ɛfiri sɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.” Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mompagya Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno enti wɔsiim. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu sɛ, meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no. Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’ ” Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Mommra mmɛtie asɛm a Awurade, mo Onyankopɔn aka. Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ. Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan. Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu. Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.” Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. Na ɛyɛ otwaberɛ mu enti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfoɔ a wɔso Adaka no nan sii asuo no ano pɛ, asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii sɛ asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan. Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.” Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔdi Awurade, mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo sɛ, ‘Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛn’ a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.” Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ. Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so. Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi. Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim. Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no. Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, wɔmfiri subɔnhwa no mu hɔ mmra.” Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te sɛ kane no. Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Gilgal, Yeriko apueeɛ. Gilgal hɔ na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano. Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Daakye bi mo mma bɛbisa sɛ, ‘Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?’ Na mo nso moaka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan wɔ asase wesee so no.’ Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ. Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Onyankopɔn, daa nyinaa.” Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn. Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.” Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia wɔ Aaralot kokoɔ so. Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so. Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no. Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no. Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome wɔ atenaeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so.” Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ hɔ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no. Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye. Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ. Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?” Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?” Awurade asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa. Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia. Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no. Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.” Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Awurade Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.” Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi Awurade adaka no anim.” Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.” Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no. Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no bio. Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no. Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia. Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson. Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na Awurade de kuropɔn no ama mo! Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade. Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban. Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.” Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ. Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara. Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.” Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ. Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu. Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “ Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.” Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa. Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima. Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no. Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” Enti, wɔde akofoɔ bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ nanso wɔdii Israelfoɔ no so pasaa. Ai mmarima taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono wɔ nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ. Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ. Afei, Yosua su frɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim sɛ Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? Sɛ yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. Awurade, seesei a Israelfoɔ adwane afiri wɔn atamfoɔ anim yi, asɛm bɛn na menka? Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?” Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Sɔre! Adɛn enti na wode wʼanim abutu hɔ saa? Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no. “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara nkɔdwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Ao, Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔgya ma Awurade no ahinta mo mu. Morentumi nni mo atamfoɔ so da kɔsi sɛ moyi saa nneɛma no firi mo mu. “ ‘Adekyeɛ mu no, abusuakuo biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuo a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuo no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ efie a ne ho wɔ asɛm no. Awieeɛ no, efie a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ” Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa Awurade anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no. Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa Awurade anim, na wɔyii Simri efie. Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba. Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn. Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia, dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.” Enti, Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. Wɔtasee nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim. Afei, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atadeɛ ngugusoɔ no, sikakɔkɔɔ poma no, ne mmammarima, ne mmammaa, nʼanantwie, ne mfunumu, ne nnwan, ne ntomadan ne nʼagyapadeɛ nyinaa na wɔde no baa Akɔr bɔnhwa mu. Yosua bisaa Akan sɛ, “Adɛn enti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.” Na Israelfoɔ nyinaa sii Akan ne nʼabusuafoɔ aboɔ, hyee wɔn amu no. Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ hɔ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, Awurade bo dwoeɛ. Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.” Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo, hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane. Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’ Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de bɛma mo. Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.” Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no. Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho. Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam. Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no. Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi. Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so, enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu. Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no. Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya. Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn. Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so. Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara. Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua. Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu. Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa. Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ. Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Yosua sii afɔrebukyia maa Awurade, Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so. Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade wɔ afɔrebukyia no so. Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no. Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ. Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn. Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho. Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ. Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.” Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.” Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.” ’ Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu. Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.” Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade. Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu. Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn. Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Onyankopɔn. Esiane Apam no enti, Israelfoɔ no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanimfoɔ no. Na mpanimfoɔ no buaa sɛ, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yɛbu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo bɛfu yɛn. Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so. Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ? Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.” Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yɛsuroo sɛ mobɛkum yɛn. Ɛno enti na ɛma yɛyɛɛ saa. Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.” Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn. Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.” Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so. Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.” Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.” Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda. Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no. Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.” Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn, kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so. Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa? Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn. Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ. Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.” Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel. Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.” Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ. Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no. Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no. Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa. Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis. Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka. Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no. Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen kɔduruu Gibeon. Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ. Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal. Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam; Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so. Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea. Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.” Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim. Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka. Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya. Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor. Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa. Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so. Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ. Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa, wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu. Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. Awurade pirim wɔn akoma ma wɔko tiaa Israelfoɔ wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔborɔ biara nni mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa. Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod. Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ. Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho. Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase. Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no. Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ, a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako Yerusalemhene baako Hebronhene baako Yarmuthene baako Lakishene baako Eglonhene baako Geserhene baako Debirhene baako Gederhene baako Hormahene baako Aradhene baako Libnahene baako Adulamhene baako Makedahene baako Bet-Elhene baako Tapuahene baako Heferhene baako Afekhene baako Lasaronhene baako Madonhene baako Hasorhene baako Simronhene baako Aksafhene baako Taanakhene baako Megidohene baako Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako. Ɛberɛ a Yosua bɔɔ akɔkoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worebɔ akɔkoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so. “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifoɔ ne Gesur, “nsase a na ɛyɛ Kanaanfoɔ dea no so. Saa asase yi firi asuo Sihor a ɛda Misraim ɛhyeɛ so a ɛtene fa atifi fam kɔsi Ekron ɛhyeɛ so, a Filistifoɔ nkuropɔn enum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifoɔ asase a ɛda anafoɔ fam no nso, wɔnnko nnii so. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so; Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no, de kɔsi Afek, kɔduru Amorifoɔ ɛhyeɛ so ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam. “Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no. Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ wɔ ɛberɛ a worekyekyɛ mu ama mmusuakuo nkron no ne Manase abusua fa no.” Manase abusua no mu fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ deɛ, na wɔanya wɔn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no de saa asase no ama wɔn dada. Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so kɔsi Dibon. Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon kɔsi Amonfoɔ ɛhyeɛ so nkuro nyinaa nso ka ho. Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔ Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kɔsi Saleka ka ho, ɛnna Basanhene Og a ɔdii ɔhene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a ɔtwa toɔ, ɛfiri sɛ na Mose ne wɔn ako apamo wɔn. Nanso, Israelfoɔ no antu Gesurfoɔ ne Maakafoɔ enti wɔtenaa Israelfoɔ no mu de bɛsi ɛnnɛ. Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no. Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu. Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so. Nkuro ne nkuraase a ɛkeka hoɔ nie: Hesbon ne nkuro a ɛdeda ɛserɛ so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, Yahas, Kedemot, Mefaat, Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda bɔnhwa no kokoɔ so, Bet-Peor, Pisga nsianeɛ mu ne Bet-Yesimot. Nkuro a ɛwɔ tata so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorifoɔhene a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon, deɛ Mose kumm no ne Midian ahemfo a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. Israelfoɔ no kumm Beor babarima nkonyaayifoɔ bi a na wɔfrɛ no Balaam. Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Wɔde nkuro ne nkuraase a ɛwɔ saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo no mu sɛ wɔn agyapadeɛ. Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu: Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkuro nyinaa, ne Amon asase no fa, kɔsi Aroer kuro a ɛwɔ Raba atɔeɛ fam pɛɛ. Na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-Mispe ne Betonim de firi Mahanaim de kɔsi Debir. Bɔnhwa no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkaeɛ wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔeɛ fam hɔ ɛhyeɛ na ɛtoa so de kɔsi Galilea ɛpo no mu. Nkuro ne nkuraaseɛ a ɛwɔ saa beaeɛ yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu sɛ wɔn agyapadeɛ. Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu. Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ. Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam. Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Israelfoɔ mmusuakuo nkaeɛ no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo ntuanofoɔ no de maa wɔn. Saa mmusuakuo nkron ne fa yi nam ntontobɔ so na wɔnyaa wɔn agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade faa Mose so hyɛɛ no. Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no nsase sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam dada. Yosef abusuakuo no deɛ, na abɛyɛ mmusuakuo mmienu a wɔn ne Manase ne Efraim. Lewifoɔ no deɛ, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkuro a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ so adidi. Enti, asase no mu kyekyɛ no, wɔgyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ. Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no. Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa, nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔɔ no, hunahunaa nnipa no, tuu wɔn aba mu sɛ wɔnntu wɔn nan nnsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu deɛ, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Onyankopɔn akyi. Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade, me Onyankopɔn akyi.’ “Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum. Me ho yɛ den ɛnnɛ te sɛ ɛda a Mose somaa me no na mɛtumi atu kwan akɔ ɔko ano seesei te sɛ kane no. Enti merebisa na wode bepɔ asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafoɔ no, yɛhunuu sɛ Anakfoɔ tete nkuropɔn akɛseɛ a wato ɔfasuo afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afiri asase no so sɛdeɛ Awurade kaa no.” Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapadeɛ. Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefoɔ dea, ɛfiri sɛ ɔde nʼakoma nyinaa dii Awurade Israel Onyankopɔn akyi. (Kane no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfoɔ mu okunini kɛseɛ pa ara bi.) Na akokoakoko firii asase no so. Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem. Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam, tene faa Akrabbim kɔsii Sin ɛserɛ so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafoɔ fam kɔsii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kɔsii Adar, ɛnna ɛdane kɔɔ Karka. Ɛtwaam kɔɔ Asmon kɔduruu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kɔwiee wɔ ɛpo kɛseɛ no mu. Yei ne wɔn anafoɔ fam ɛhyeɛ. Apueeɛ fam ɛhyeɛ no firi Nkyene Ɛpo no kɔduru Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu, na ɛtwam kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan boɔ no ho. Na Bohan yɛ Ruben babarima. Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel. Afei, ɛhyeɛ no fa Hinom babarima bɔnhwa no mu, kɔfa Yebusifoɔ anafoɔ nsianeɛ so, deɛ Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔeɛ fam wɔ bepɔ no apampam, toa so kɔ Hinom bɔnhwa no so kɔsi Refaim bɔnhwa ano wɔ atifi fam. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.) Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna. Ɛhyeɛ no kɔ ara kɔsi bepɔ no nsianeɛ a ɛwɔ Ekron atifi fam, baabi a ɛdane hwɛ Sikron ne Baala bepɔ no. Ɛtra Yabneel na akɔpem Ɛpo Kɛseɛ no. Na atɔeɛ fam ɛhyeɛ no nso ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoanompoano. Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ. Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ. Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase. Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ. Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur, Kina ne Dimona ne Adada, Kedes ne Hasor ne Itnan, Sif ne Telem ne Bealot, Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor), Amam ne Sema ne Molada, Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet, Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia, Baala ne Iim ne Esem, El-Tolad ne Kesil ne Horma, Siklag ne Madmana ne Sansana, Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkuro yi nyinaa ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia dodoɔ yɛ aduonu nkron. Saa nkuro a na ɛwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ no so a wɔde maa Yuda nie: Estaol ne Sora ne Asna. Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam, Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunan. Deɛ ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, Dilean ne ne Mispe ne Yokteel, Lakis ne Boskat ne Eglon, Kabon ne Lahmam ne Kitlis, Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunsia. Yeinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan, Yifta ne Asna ne Nesib, Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron. Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho, ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho. Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho. Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so: Samir ne Yatir ne Soko, Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir, Anab ne Estemo ne Anim, Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dubaako. Na saa nkuro yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan, Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka, Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkuro nkron ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. Nkuro a ɛdidi soɔ yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta, Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, Kain, Gibea ne Timna, nkuro edu ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia. Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor, Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkuro mmienu ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. Ɛserɛ so nkuro no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka, Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ. Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so. Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu. Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu. Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ. Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro, na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam. Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no. Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim. Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ. Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.) Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida. Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.” Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no. Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no). Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat kɔ anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no. (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no yɛ Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso wɔ Manase, na Ɛpo kɛseɛ no yɛ Manase asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam. Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ. Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no. Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so. Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?” Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.” Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.” Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho. Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.” Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wɔsii hyiadan. Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn. Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.” Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ. Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa. Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam. Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam. Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ. Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho, na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel. Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima). Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu, ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ. Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no. Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi: Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, Awim, Para ne Ofra, Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ. Gibeon, Rama ne Beerot, Mispa, Kefira ne Mosa, Rekem, Yirpeel ne Tarala, Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ Simeon abusuakuo no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. Na deɛ ɛdidi soɔ yi ne Simeon agyapadeɛ: Beer-Seba, Seba ne Molada, Hasar-Sual, Bala ne Esem, Eltolad, Betul ne Horma, Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa, Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkuro dumiɛnsa ne wɔn nkuraaseɛ. Nkuro a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkuro ɛnan ne wɔn nkuraaseɛ, ne nkuraaseɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Baalat-Beer (a wɔfrɛ no Rama a ɛwɔ Negeb). Yei ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuo mu no agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no yɛ Yuda deɛ no fa bi a wɔde maa Yuda, ɛfiri sɛ, na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno enti, Simeon abusuakuo no nyaa wɔn agyapadeɛ firii Yuda asase no mu. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam. Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid. Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho. Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia. Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea. Sebulon ɛhyeɛ a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ɛbɛwiee wɔ Yifta-El bɔnhwa mu. Nkuro ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia. Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no agyapadeɛ. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no nsam. Nʼahyeɛ nenam saa nkuro yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem, Hafraim, Shion ne Anaharat, Rabit, Kision ne Abes, Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases. Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho. Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no agyapadeɛ. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam. Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, Alamelek, Amad ne Misal. Ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam no firi Karmel kɔ Sihor-Libnat, na ɛbuka fa apueeɛ fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kɔsi Sebulon wɔ Yifta-El bɔnhwa no mu, kɔ atifi fam kɔduru Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul, ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kɔsi Sidon Kɛseɛ. Afei ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no bɛsi Ɛpo Kɛseɛ no ho wɔ Hosa. Nkuro a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, Uma, Afek ne Rehob. Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam. Ne ɛhyeɛ no firi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan. Atɔeɛ fam ɛhyeɛ no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kɔsi Sebulon ɛhyeɛ no wɔ anafoɔ fam, Aser ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apueeɛ fam. Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret, Adama, Rama ne Hasor, Kedes, Edrei ne En-Hasor, Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. Nkuro dunkron ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no agyapadeɛ. Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nson no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no nsam. Nkuro a na ɛwɔ Dan agyapadeɛ mu no bi yɛ: Sora, Estaol ne Ir-Semes, Saalabin, Ayalon ne Yitla, Elon, Timna ne Ekron, Elteke, Gibeton ne Baalat, Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon, Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim. Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no. Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ. Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuo no wieeɛ no, Israelfoɔ no maa Yosua asase sini sononko bi sɛ nʼagyapadeɛ. Na Awurade aka sɛ kuro biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɔkyekyeree kuro no foforɔ na ɔtenaa hɔ. Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ. Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no. Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were. Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. Sɛ owufoɔ no abusuafoɔ ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛsiane. Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.” Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so. Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii sɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase. Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano. Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “ Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.” Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ. Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea. Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu. Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan. Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn. Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ. Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn. Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna, Yatir, Estemoa, Holon, Debir, Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn. Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ: Gibeon, Geba, Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no. Kohat abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn: Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser. Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu: Elteke ne Gibeton, Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no: Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu. Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no. Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea firii Manase abusua fa no nkyɛn. Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra. Isakar abusuakuo no nso maa wɔn: Kision, Daberat, Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho. Aser abusuakuo no maa Misal, Abdon, Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho. Naftali abusuakuo no maa wɔn Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea. Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no. Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn: Yokneam, Karta, Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea. Ruben abusuakuo no nso maa wɔn Beser, Yahas, Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea. Gad abusuakuo no maa wɔn Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim, Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea. Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua. Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe. Na kuro biara wɔ adidibea da ho. Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ. Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim. Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu. Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moayɛ sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. Ɛwom sɛ dwumadie no agye berɛ tenten bi deɛ, nanso moampa mmusuakuo a aka no akyi. Moato mo bo ase adi mmara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛ maa mo no so de abɛsi ɛnnɛ. Na seesei Awurade, mo Onyankopɔn ama mmusuakuo a aka no ahomegyeɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti, monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no so. Monhwɛ yie na monni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monnante nʼakwan nyinaa so, monni nʼahyɛdeɛ so, monni no nokorɛ na momfa mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.” Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no maa Manase abusuakuo fa no. Abusuakuo no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔeɛ fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ɔhyiraa wɔn, kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.” Enti, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyaa Israelfoɔ nkaeɛ no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase sɛ wɔresane akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dada a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so. Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. Israelfoɔ a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔrebukyia wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, wɔ Kanaan asase so no, wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtuu nnipa a ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wɔtwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no rekɔkasa. Nnipa a wɔtuu wɔn no yɛ mpanimfoɔ edu a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuo edu no mu baako, na ɔsane yɛ ɔkandifoɔ ma Israel mmusua no mu baako. Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sɛ, “ Awurade asafokuo nyinaa pɛ sɛ wɔhunu deɛ enti a moredi Israel Onyankopɔn no hwammɔ. Adɛn enti na motumi dane mo ho firi Awurade ho, kɔsi afɔrebukyia de tia no? Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no nnɔɔso mmaa yɛn anaa? Yɛnnwiraa yɛn ho mfirii ho, ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuo no nyinaa so akyi no mpo. Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri Awurade ho sɛ morenni nʼakyi? “ ‘Sɛ mosɔre tia Awurade ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa. Sɛ mosusu sɛ efi aka mo asase enti afɔrebukyia ho hia mo a, ɛnneɛ mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a Awurade ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefie na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre nntia Awurade na mommfa afɔrebukyia foforɔ a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuateɛ mu. Awurade, yɛn Onyankopɔn nokorɛ afɔrebukyia yɛ baako pɛ. Ɛberɛ a Akan a ɔfiri Serah abusua mu nam korɔno a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama Awurade, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfoɔ nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛsiane bɔne no enti ɔwuiɛ.’ ” Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no buaa mpanimfoɔ no sɛ, “ Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔrebukyia no sɛ yɛde retia Awurade. Sɛ saa na yɛayɛ a, ɛnnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhunu sɛ, yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho sɛ yɛrefiri Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so nso. Sɛ yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso. “Yɛasi saa afɔrebukyia yi, ɛfiri sɛ yɛsuro sɛ daakye bi mo asefoɔ bɛbisa yɛn asefoɔ sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom Awurade, Israel Onyankopɔn? Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfoɔ ne ne nkurɔfoɔ ntam ɛhyeɛ. Monni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti, mo asefoɔ bɛma yɛn asefoɔ agyae Awurade som. “Ɛno enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsi afɔrebukyia, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ Awurade mu.’ “Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’ “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.” Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so.” Afei, Pinehas, ɔsɔfoɔ Eleasa babarima ne mpanimfoɔ edu no firii Ruben ne Gad mmusuakuo no nkyɛn wɔ Gilead sane kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfoɔ no amaneɛ. Na Israelfoɔ no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Onyankopɔn. Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa. Moahunu biribiara a Awurade, mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ. Mede amanaman no nsase a yɛnnya nnii soɔ ne deɛ yɛadi soɔ ama mo sɛ mo agyapadeɛ, ɛfiri Asubɔnten Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no. Saa asase yi bɛyɛ mo dea, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛpamo nnipa a wɔtete so seesei no nyinaa. Mobɛsi wɔn anan mu atena hɔ, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no. “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na monni nkyerɛkyerɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfiri ho kwan biara so. Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. Na monni Awurade, mo Onyankopɔn no nokorɛ sɛdeɛ moayɛ abɛsi ɛnnɛ yi. “Ɛfiri sɛ, Awurade apamo amanaman akɛseɛ a wɔyɛ dene ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. Mo mu biara bɛtumi atu atamfoɔ apem agu, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn ko ma mo sɛdeɛ wahyɛ bɔ no. Enti, monhwɛ yie na monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn no. “Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a, ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade, mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade, mo Onyankopɔn de ama mo yi so. “Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so. Sɛ mobu Awurade, mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.” Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim. Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Eufrate agya nohoa na wɔsomm anyame foforɔ. Nanso, mefaa mo agya Abraham firii asase a ɛda Eufrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefoɔ dɔɔso. Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔman no maa Esau, ɛnna Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim. “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie. Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn. Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree. “Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo. Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam. “Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim. Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim. Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ. “Enti, monni Awurade ni, na momfa mo akoma nyinaa nsom no. Monto ahoni a mo agyanom somee no wɔ ɛberɛ a na wɔte Asubɔnten Eufrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara. Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade.” Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ. Ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban. Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.” Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo. Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.” Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.” Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.” Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.” Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.” Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.” Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam. Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ. Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.” Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so. Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu. Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam. Na Israel somm Awurade wɔ Yosua, ne mpanimfoɔ a wɔanyinyini sene noɔ a wɔhunuu deɛ Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu. Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so. Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu. Yosua wuo akyi no, Israelfoɔ bisaa Awurade sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔto hyɛ Kanaanfoɔ no so kane?” Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no so die ahyɛ wɔn nsam.” Enti, Yuda ntuanofoɔ ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuo no sɛ, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfoɔ a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti, Simeonfoɔ mmarima no ne Yudafoɔ no kɔeɛ. Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu wɔ Besek. Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiaeɛ, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfoɔ no ne Perisifoɔ no so nkonim. Adoni-Besek dwaneeɛ, nanso ankyɛre na Israelfoɔ kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie. Ɛmaa Adoni-Besek kaa sɛ, “Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa wɔ me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu wɔ hɔ. Yuda mmarima no to hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wɔkunkumm kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu ogya. Ɛno akyi, wɔdane faa anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔtete bepɔ asase, Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ so no so. Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so. Wɔfiri hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no). Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase. Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb. Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma. Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia. Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri hɔ, ɛfiri sɛ, na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam. Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ. Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem. Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho. Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ.” Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ. Akyire no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifoɔ asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no edin Lus. Na saa edin no da kuropɔn no so de bɛsi ɛnnɛ. Manase abusuakuo no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraaseɛ no, ɛfiri sɛ, na Kanaanfoɔ no aka sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. Israelfoɔ no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn a wɔampamo wɔn amfiri asase no so. Efraim abusuakuo no nso antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Geser no enti Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Aser abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. Nokorɛm, ɛsiane sɛ wɔantumi antu wɔn no enti, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a Aserfoɔ no te soɔ no so. Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ. Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so hɔ. Amorifoɔ no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefoɔ no yɛɛ den mmorosoɔ no, wɔhyɛɛ Amorifoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabbim aforoeɛ kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam. Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so? Deɛ moayɛ yi enti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛnmu nkasɛɛ na wɔn anyame nso ayɛ mfidie ama mo.” Awurade ɔbɔfoɔ kasa wieeɛ no Israelfoɔ no suu denden. Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade. Yosua gyaa nkurɔfoɔ no kwan akyi no, mmusuakuo no mu biara kɔfaa nʼagyapadeɛ a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no. Afei, Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne edu. Wɔsiee no wɔ nʼawunya asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔ asase no a ɛwɔ Gaas bepɔ no atifi fam no. Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel. Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni. Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ. Wɔgyaa Awurade akyi die, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. Yei maa Awurade bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. Ɛberɛ biara a Israelfoɔ bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wɔdi nkoguo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Enti, wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa. Afei, Awurade pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, Israelfoɔ no antie atemmufoɔ no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforɔ, kotoo wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so firii wɔn agyanom a wɔyɛɛ ɔsetie maa Awurade mmaransɛm no kwan so. Ɛberɛ biara a Awurade de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, Awurade hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ. Nanso, atemmufoɔ no wuo akyi no, nnipa no sane kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sene wɔn a wɔdii wɔn anim ɛkan no. Wɔdii anyame foforɔ akyi. Wɔkotoo wɔn, somm wɔn. Na wɔampɛ sɛ wɔgyae wɔn nnebɔnesɛm ne kɔnseneeɛsɛm no. Enti, Awurade bo fuu Israel. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ so, na wɔapo me mmaransɛm enti, merempamo aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewuo no. Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie Awurade sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.” Ɛno enti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammɛdi wɔn nyinaa so no. Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ. Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat. Wɔgyaa saa nkurɔfoɔ yi de sɔɔ Israelfoɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔbɛdi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so anaa. Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu. Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame. Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ firii Awurade wɔn Onyankopɔn, na wɔsomm Baalim ahoni ne Asera afɔrebukyia. Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe. Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim. Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ. Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so. Eglon boaboaa Amonfoɔ ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe. Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon. Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu. Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ. Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ, Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ. Afei, Ehud totoo apono no mu foroo agyanan dan no, faa ne nsuseneeɛ no mu dwane kɔeɛ. Ehud kɔeɛ akyi no, ɔhene asomfoɔ no baa hɔ bɛhunuu sɛ, apono a ɛkɔ aborɔsan no so no, wɔatoto mu. Na wɔdwene sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, enti, wɔtwɛneeɛ. Wɔtwɛneeɛ ara na ɔhene no mma no, ɛhaa wɔn ma wɔkɔpɛɛ safoa bi. Na wɔbuee ɛpono no, wɔhunuu sɛ wɔn wura awu da fam. Ɛberɛ a asomfoɔ no retwɛn no, Ehud dwane faa aboɔ ahoni no so a ɔrekɔ Seira. Ɔduruu Efraim bepɔ asase no so no, Ehud hyɛnee totorobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akodeɛ mmra. Enti, ɔdii Israelfoɔ kuo bi anim sianee bepɔ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfoɔ a wɔyɛ mo atamfoɔ no so nkonim.” Enti, wɔtu dii nʼakyi. Israelfoɔ no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wɔfiri Moab tware. Ɛno enti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. Wɔto hyɛɛ Moabfoɔ no so. Wɔkunkumm wɔn nnɔmmarima no bɛyɛ ɔpedu. Wɔn mu biara antumi annwane. Enti, Israelfoɔ dii Moabfoɔ so nkonim saa ɛda no, na asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduɔwɔtwe. Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfoɔ. Ɔde nantwika abaa kumm Filistifoɔ aha nsia. Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa. Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ. Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm. Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ. Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.” Barak ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!” Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes. Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ. Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho. Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so no, ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho. Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ. Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ. Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa. Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so. Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so. Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.” Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ. Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so. Ɛda no na Israel hunuu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii sɛ akyire yi, wɔsɛee no. Ɛda no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi: “Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu, na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade ! “Mo ahemfo, montie! Monyɛ aso, mo aberempɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Onyankopɔn. “ Awurade, ɛberɛ a wofirii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no, asase wosoeɛ na ɔsoro omununkum tuee nsuo. Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ. Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim. “Anat ba Samgar ne Yael berɛ so, nnipa amfa akwantempɔn so, na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so. Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel. Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu! Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade ! “Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie! Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano. ‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’ “Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so. Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra firii Makir; ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ. Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho. Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu. Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ, wɔansi wɔn adwene pi. Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu, tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan? Ruben abusuakuo mu, wɔansi wɔn adwene pi. Gilead kaa Yordan apueeɛ hɔ. Na Dan deɛ, adɛn enti na ɔtenaa fie? Aser tenaa mpoano a wanka ne ho, ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahodoɔ hɔ. Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛ sɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no. “Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho, nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ. Nsoromma firi soro koeɛ. Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera. Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ, tete asuo, Kison. Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim! Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ. ‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no. “Nhyira nka Yael, Heber a ɔfiri Keni yere. Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa. Sisera srɛɛ nsuo, na Yael maa no nufosuo; bonsua a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no. Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti. Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim. Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase; ɔwuu wɔ ne nan ase. “Sisera nena hwɛɛ mpomma mu; ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan, ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi? Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’ Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no, ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ: ‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no, ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu. Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’ “ Awurade, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera! Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.” Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson. Esiane sɛ na Midianfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ wɔ abodan ne atu mu. Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so. Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu. Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa. Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa. Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo. Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.” Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo wɔ nsakyiamena ase sɛ ɔde resie Midianfoɔ no. Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa sɛ, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.” Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘ Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.” Na Awurade danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo.” Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.” Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.” Gideon buaa sɛ, “Sɛ wobɛboa me ampa ara deɛ a, yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu sɛ, nokorɛm, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi. Nkɔ, kɔsi sɛ mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo.” Awurade buaa sɛ, “Mɛtena ha atwɛn kɔsi sɛ wobɛba.” Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase. Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ. Ɛberɛ a Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔteaam sɛ, “Asafo Awurade, mahunu Awurade ɔbɔfoɔ animu ne animu.” Awurade buaa sɛ, “Nsuro na worenwu.” Na Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no edin “Awurade Yɛ Asomdwoeɛ.” Afɔrebukyia no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ. Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no. Afei, si afɔrebukyia wɔ bepɔ yi so ma Awurade, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin yɛ egya.” Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a. Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu sɛ wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ wɔ so. Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ yei?” Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa. Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.” Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!” Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ. Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu. Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so. Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a, fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea hɔ anadwo yi. Sɛ obosuo fɔ odwannwi no, na sɛ ɛhɔ amfɔ a, na mahunu sɛ ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho bɔ no.” Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma. Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.” Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam hɔ nyinaa. Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no. Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ. Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’ ” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.” Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu. Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ. Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.” Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire. Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo! Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!” Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.” Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.” Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’ ” Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “ Awurade akofena yɛ Gideon akofena!” Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane. Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so. Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no. Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon sɛ, “Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so. Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa? Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom sɛ na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no. Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.” Na Sukot ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi.” Gideon buaa sɛ, “Sɛ Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani.” Na Gideon firii hɔ kɔɔ Penuel kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara. Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no sɛ, “Sɛ mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi.” Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ. Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so. Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum. Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ. Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no. Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’ ” Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso. Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa. Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?” Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.” Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.” Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro. Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.” Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.” Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ). Wɔbuaa sɛ, “Yɛpene so dodo.” Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so. Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho. Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ. Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ wɔ asase no so. Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson. Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no wɔ nʼagya Yoas damena mu wɔ Ofra wɔ Abieserfoɔ abusuasase so. Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame. Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho. Ɛda koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne maame nuanom mmarima. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne ne maame fiefoɔ nkaeɛfoɔ sɛ, “Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no sɛ, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogyani!” Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wɔn busuani. Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi. Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi. Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene. Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sekemfoɔ montie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me! Ɛberɛ bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wɔsi wɔn so ɔhene. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔka kyerɛɛ ngo dua sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’ “Nanso, wampene so kaa sɛ, ‘Adɛn? Mennyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, na menkɔkyinkyin nnua a aka so anaa?’ “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’ “Borɔdɔma nso buaa sɛ, ‘Na mennyae aba so na menkyini nnua foforɔ so?’ “Afei wɔka kyerɛɛ bobe sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’ “Na bobe no buaa sɛ, ‘Sɛ megyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigyeɛ no ma a, na afei na merebɛkyini nnua bi so?’ “Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’ “Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’ “Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa? Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti. Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu. Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!” Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer. Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua. Nsɛm a ɛsisii akyire no mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfoɔ aso sɛ wɔkunkumm Yerub-Baal mmammarima aduɔson no. Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase. Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu. Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek. Ebed babarima Gaal teaam sɛ, “Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri hɔ. Anka mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ asraafoɔ bebree bra bɛko!’ ” Na Sebul a ɔtua kuro no ano tee deɛ Ebed babarima Gaal rekeka no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfoɔ no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu. Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, to hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfoɔ ba bɛtia wo a, deɛ wopɛ biara wotumi yɛ wɔn.” Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo ɛnan de twaa Sekem ho hyiaeɛ. Ɛberɛ a Abimelek ne nʼakodɔm pue firii atɛeɛ mu no, na Ebed babarima Gaal gyina kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Gaal hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ, “Hwɛ, nnipa bi firi bepɔ no so reba!” Sebul buaa sɛ, “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na ayɛ sɛ nnipa no.” Nanso Gaal sane kaa sɛ, “Dabi, nnipa bi resiane mmepɔ no. Na ekuo foforɔ nso nam ɛkwan a ɛfa Akɔmfoɔ Dupɔn ho no reba.” Afei, Sebul dane guu ne so sɛ, “Anosɛm a na woyeyɛ no aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokaa sɛ ‘Hwan ne Abimelek, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Nnipa a wodii wɔn ho fɛ no, wɔaduru yɛn mfikyire ha yi ara! Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!” Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, nanso, ɔdii nkoguo na ɔdwaneeɛ. Wɔkunkumm Sekem akofoɔ bebree sɛɛ wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɛkwan a ɛkɔ kuropɔn no ɛpono ano no so. Abimelek tenaa Aruma ɛnna Sebul pamoo Gaal ne ne nuanom mmarima firii Sekem. Adeɛ kyeeɛ no, Sekemfoɔ no kɔɔ wira mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek teeɛ no, ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu sɛ nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so. Abimelek ne ne kuo no kɔgyee kuropɔn no ɛpono ano hɔ faeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Sekemfoɔ rentumi nsane wɔn akyi. Afei, akuo mmienu to hyɛɛ Sekemfoɔ a wɔwɔ wiram hɔ no so kunkumm wɔn. Ɔko no kɔɔ so ɛda mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Ɔkunkumm nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa. Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so. Obi kɔbɔɔ Abimelek amaneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ asɔreeɛ so hɔ, enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!” Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano wɔ asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ. Afei Abimelek to hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. Nanso, na abandenden bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno enti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa dwane kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho ɛpono mu, foforo kɔɔ abandenden no atifi pɛɛ. Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔto ahyɛ abandenden no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu ogya pɛ, ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa. Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ. Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu. Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ ɔkumm ne nuammarima aduɔson no. Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu. Abimelek wuo akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba bɛgyee Israel. Na ɔfiri Isakar abusuakuo mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so. Ɔyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Ɔwuiɛ no wɔsiee no wɔ Samir. Tola wuo akyi no, Yair a ɔfiri Gilead bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmienu. Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro. Yair wuiɛ na wɔsiee no Kamon. Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa. Enti Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amorifoɔ nsa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam wɔ Amorifoɔ (wɔ Gilead) asase no so mfeɛ dunwɔtwe. Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu. Afei Israelfoɔ su frɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne atia wo, ɛfiri sɛ yɛatwe yɛn ho afiri yɛn Onyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.” Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo. Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio. Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.” Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.” Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho. Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa. Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.” Gileadni Yefta yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne maame yɛ ɔbaa dwamanfoɔ. Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.” Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi. Ɛberɛ korɔ yi ara, Amonfoɔ de ɔko bɛkaa Israel. Ɛberɛ a Amonfoɔ to hyɛɛ Israelfoɔ so, Gilead mpanimfoɔ soma kɔfaa Yefta firii Tob asase so baeɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfoɔ nko.” Yefta bisaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ mo na motane me, pamoo me firii mʼagya fie no? Adɛn enti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?” Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.” Yefta buaa sɛ, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma medi Amonfoɔ so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifoɔ anaa?” Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “ Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.” Enti, Yefta ne ntuanofoɔ no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifoɔ ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim. Afei, Yefta somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no deɛ enti a ɔrebɛto ahyɛ Israel so. Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.” Na Yefta sane somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene hɔ sɛ, “Sɛdeɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase anaa Amonfoɔ asase biara. Ɛberɛ a Israelfoɔ tuu kwan firii Misraim, twaa Ɛpo Kɔkɔɔ na wɔduruu Kades no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn ɛkwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfoɔ tenaa Kades. “Ne korakora ne sɛ, wɔnam ɛserɛ so twa faa Edom ne Moab ho hyiaeɛ. Wɔfaa Edom apueeɛ fam hyeɛ so kyeree sraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso, wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so. “Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ. Nanso, ɛsiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfoɔ mu gyidie enti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas maa wɔto hyɛɛ wɔn so. “Na Awurade, Israel Onyankopɔn, maa ne nkurɔfoɔ dii ɔhene Sihon so. Enti, Israelfoɔ faa Amorifoɔ asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu firi Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, firi ɛserɛ no so de kɔsi Yordan nyinaa dii so. “Enti, moahunu, ɛyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn na ɔgyee asase no firii Amorifoɔ nsam na ɔde maa Israel. Enti, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? Deɛ mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, deɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. Mosene Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel twee asase bi so manso anaa? Ɔkɔɔ ɔko anaa? Dabi. Na afei, mfeɛ ahasa akyi, na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa ɛberɛ tenten yi, wɔatrɛ afiri Hesbon asase so, akɔsi Aroer ne nkuro no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn enti na dadaada yi moanyɛ mo adwene sɛ mobɛgye asase yi? Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.” Nanso, Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛmhia. Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom baa Yefta so ma ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na ɔdii akodɔm anim to hyɛɛ Amonfoɔ so. Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woma medi Amonfoɔ so a, mede adeɛ a ɛbɛdi ɛkan afiri me fie abɛhyia me ɛberɛ a mede nkonimdie reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.” Ɛnna Yefta dii nʼakodɔm anim tiaa Amonfoɔ, na Awurade ma ɔdii nkonim. Ɔdii Amonfoɔ so pasaa, sɛee nkuro bɛyɛ aduonu, firii Aroer de kɔsii baabi a ɛbɛn Minit, kɔeɛ ara kɔsii Abel-Keramim. Saa ɛkwan yi na Israelfoɔ faa so kaa Amonfoɔ hyɛeɛ. Ɛberɛ a Yefta firi akono kɔɔ ne fie wɔ Mispa no, ne babaa, a ɔyɛ ne ba korɔ no, tuu mmirika bɛhyiaa no a ɔrebɔ akasaeɛ, na anigyeɛ enti, ɔresa. Yefta hunuu no no, ɔde awerɛhoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu, teaam sɛ, “Ao, me ba, mʼakoma rete! Ɛdeɛn ahometesɛm sɛ woaba, rebɛhyia me. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.” Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma memforo mmepɔ nkɔkyinkyini so na me ne me nnamfonom nsu abosome mmienu, ɛfiri sɛ, mɛwu sɛ ababaawa a menhunuu ɔbarima da.” Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma. Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da. Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel ama Israel mmaabunu sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akɔdi nna ɛnan na wɔakɔsu Yefta babaa no nkrabea. Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!” Yefta buaa sɛ, “Mansotwe no ahyɛaseɛ no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa yɛn wɔ yɛne Amonfoɔ apereapereɛ no mu. Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?” Efraimfoɔ ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Gileadfoɔ nyɛ nnipa biara sɛ adwanefoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakodɔm, wɔto hyɛɛ Efraimfoɔ so, dii wɔn so nkonim. Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a, wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no. Yefta yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ nsia. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Gilead nkuro no baako so. Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. Na ɔwɔ mmammarima aduasa ne mmammaa nso aduasa. Ɔmaa ne mmammaa no warewaree firii mmusua foforɔ mu. Ne mmammarima no deɛ, ɔfaa mmaabunu aduasa firii mmusua foforɔ mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfeɛ nson. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Betlehem. Ibsan akyi no, Elon a ɔfiri Sebulon na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ edu. Ɛberɛ a ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so. Elon wuo akyi no, Hilel babarima Abdon a ɔfiri Piraton na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔnyaa mmammarima aduanan ne mmanananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfunumu so. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel mfeɛ nwɔtwe. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ asase no so. Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan. Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.” Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ” Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.” Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!” Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.” Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?” Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.” Enti, Manoa ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.” Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.) Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.” Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.” Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, Awurade ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam. Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!” Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.” Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no. Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so. Dabi a na Samson wɔ Timna no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi. Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.” Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?” Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.” Nʼagya ne ne maame anhunu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, repɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔdi Israelfoɔ so. Samson ne nʼawofoɔ rekɔ Timna no, gyata ba bi to hyɛɛ Samson so wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Timna bobe nturo. Amonom hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no apantan. Ɔwaee te sɛ deɛ ɔrewae abirekyie ba bi apantan. Nanso, wanka deɛ ɔyɛeɛ yi ankyerɛ nʼawofoɔ. Samson duruu Timna no, ɔne ɔbaa no kasaeɛ na nʼani gyee ne ho. Akyire no a ɔresane akɔ Timna akɔhyia ayeforɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ɔhunuu sɛ nwowa kuo akɔyɛ ɛwoɔ wɔ mu. Ɔkɔtii ɛwoɔ no bi dii wɔ ɛkwan so. Ɔmaa nʼawofoɔ no bi ma wɔdiiɛ. Nanso, wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔnyaa ɛwoɔ no wɔ gyata funu no mu. Afei, ɛberɛ a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregyeɛ no, Samson too ɛpono wɔ Timna, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ saa ɛberɛ no. Wɔtoo nsa frɛɛ mmeranteɛ aduasa a wɔfiri kuro no mu sɛ wɔmmɛka ne ho. Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson apontoɔ yi mu, motumi yi ano a, mɛma mo serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa. Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ka aborɔme no ma yɛntie.” Ɔkaa no sɛ, “Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie; ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.” Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano. Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?” Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.” Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no. Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ? Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?” Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.” Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛseɛ bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kuro mu. Ɔkunkumm mmarima aduasa faa wɔn agyapadeɛ nyinaa. Ɔde wɔn ntadeɛ maa mmarima a wɔyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo deɛ ɛbaeɛ no ho yie enti ɔkɔɔ ne fie na ɔne nʼawofoɔ kɔtenaeɛ. Enti, wɔde ne yere no maa ɔbarima a na ɔdi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ. Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan. Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.” Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.” Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho. Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa. Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ. Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam. Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka. Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?” Filistifoɔ no buaa sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka.” Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.” Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.” Samson kaa sɛ, “Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa deɛ, morenkum me.” Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu. Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam. Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. Na Samson kaa sɛ, “Mede afunumu apantan, Ahɔre wɔn sɛ esie! Mede afunumu apantan, akunkum mmarima apem!” Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ. Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?” Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ. Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no. Ɛda bi, Samson kɔɔ Filistifoɔ kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbaa dwamanfoɔ bi kɔdaa anadwo no. Ankyɛre na kuro mma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ, “Adeɛ kye a yɛbɛkum no.” Na Samson daa hɔ ara kɔsii dasuo mu. Ɔsɔre sɔɔ kuro no apono no ne nʼaponnwa mmienu mu hodwoo no, na ɔtutuu dadeɛ abaa a ɛda akyire ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmatire so, soa de kɔɔ bepɔ bi a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi. Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi wɔ Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila. Filistifoɔ ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa.” Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.” Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson. Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ wɔ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam sɛ, “Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te sɛ ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm. Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee.” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.” Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ wɔ dan mu te sɛ kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no sɛ, “Samson! Filistifoɔ aba sɛ wɔrebɛkye wo!” Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te sɛ asaawa bi. Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu. Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!” Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no. Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ. Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu. Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu. Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie. Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ. Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!” Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ, “Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ ahyɛ yɛn nsam; deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no yɛn nsa aka no!” Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam. Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no sɛ, “Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome.” Na nnipa ahyɛ asɔrefie hɔ ma tɔ. Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛ. Na Samson su frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, kae me bio. Ao Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mentua Filistifoɔ so ka wɔ mʼani a wɔatutu no so.” Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ asɔrefie no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piaeɛ. Samson bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ma me ne Filistifoɔ no nwu.” Na asɔrefie no dwiri guu Filistifoɔ ntuanofoɔ no ne nnipa no nyinaa so. Enti, ɔkumm nnipa bebree sene dodoɔ a ɔkumm wɔn ɛberɛ a na ɔte ase no. Akyire yi, ne nuammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kɔsiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, baabi a wɔsiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfoɔ so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu. Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔ asase so a na wɔfrɛ no Mika. Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ.” Ne maame kaa sɛ, “ Awurade nhyira wo sɛ woaka nokorɛ.” Ɔde sika no maa no no, ne maame no kaa sɛ, “Mede saa nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa yi ma Awurade. Mɛma wɔayɛ nsɛsodeɛ ne ohoni a wɔagu de ahyɛ me babarima animuonyam.” Enti ne maame de nnwetɛbena ahanu kɔmaa dwetɛdwumfoɔ na ɔde yɛɛ nsɛsodeɛ ne ohoni. Na wɔde sii Mika fie. Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ. Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na nnipa no yɛ deɛ wɔpɛ biara. Ɛda bi, Lewini aberanteɛ bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda bɛduruu saa beaeɛ hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrepɛ baabi pa atena. Ɛbaa sɛ, ɔkɔsoɛɛ Mika fie. Mika bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔno nso buaa sɛ, “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda na merepɛ baabi matena.” Mika ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan (114) afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane.” Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako. Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie. Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.” Saa ɛberɛ no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuo rehwehwɛ baabi atena, ɛfiri sɛ, na wɔntumi mpamoo nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so. Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no. Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?” Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika. Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.” Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.” Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn. Ɛberɛ a wɔsane kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mohunuiɛ?” Na wɔbuaa sɛ, “Momma yɛnkɔto nhyɛ wɔn so! Yɛahunu asase no na ɛyɛ pa ara. Monntwentwɛn mo nan ase koraa, monkɔfa asase no. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.” Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol. Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie. Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so. Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ, na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ mmarima no retwe akronkronneɛ no afiri Mika asɔreeɛ hɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn ɔsɔfoɔ. Wonnye nni sɛ ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuo bi ɔsɔfoɔ sene sɛ wobɛyɛ onipa baako fidua mu ɔsɔfoɔ?” Ɔsɔfoɔ aberanteɛ no ani gyeeɛ sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotadeɛ kronkron no, abusua ahoni ne nsɛsodeɛ a wɔasene no. Wɔsiim bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapadeɛ, dii wɔn anim. Ɛberɛ a Dan abusuakuo mu nnipa no afiri Mika fie kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfoɔ mu bi tii wɔn. Wɔbɛn wɔn no wɔteateaam. Na Dan mmarima no danee wɔn ani kaa sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Adɛn enti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sei?” Mika buaa sɛ, “Wobisa sɛ ɛdeɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ sɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me ɔsɔfoɔ, na menni hwee bio!” Dan mmarima no buaa sɛ, “Hwɛ deɛ woka no yie! Yɛn mu bi bo nkyɛre fu, anhwɛ a wɔn bo bɛfu na wɔakum wo ne wʼabusuafoɔ.” Enti, Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika hunuu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ɔntumi nto nhyɛ wɔn so no, ɔdanee ne ho kɔɔ efie. Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne ɔsɔfoɔ no de wɔn baa kuro Lais a emu nnipa wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ no mu. Wɔto hyɛɛ emu nnipa no so, kunkumm wɔn nyinaa, hyee kuro no dworobɛɛ. Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye kuro no mufoɔ, ɛfiri sɛ, na deɛ wɔte no ne Sidon mu twe na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Rehob no mu. Afei, Dan abusuakuo no mma sane kyekyeree kuro no, na wɔtenaa hɔ. Wɔde kuro no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kane no wɔfrɛ hɔ Lais. Afei, wɔgyinaa nsɛsodeɛ a wɔasene no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Manase aseni sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Saa fie yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfoɔ maa Dan abusuakuo kɔsii Otukorɔ berɛ. Enti Dan abusuakuo no toaa so somm nsɛsodeɛ a ɛyɛ Mika dea no wɔ ɛberɛ tenten a na Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi, ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so. Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ. Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.” Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso, nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti, ɔpenee so daa hɔ anadwo no. Nnanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, bio, ɔbaa no agya kaa sɛ, “Didi ansa, na awiam kakra no wobɛtumi akɔ.” Enti, wɔsane didii bio. Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne ɔsomfoɔ boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso, nʼase no ka kyerɛɛ no sɛ, “Montie! Adeɛ reyɛ asa. Montena na monnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mobɛtumi asim anɔpahema.” Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). Ɛberɛ a wɔduruu Yebus no na adeɛ reyɛ asa, na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ, “Adeɛ reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifoɔ kuropɔn yi mu anadwo yi.” Ne wura no buaa sɛ, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafoɔ kuropɔn a Israelfoɔ nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. Yɛbɛnya daberɛ anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” Enti, wɔtoaa so. Wɔrebɛduru kuro Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ, Enti wɔdaa hɔ anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ. Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ. Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ, ɛwom sɛ yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã.” Akɔkoraa no kaa sɛ, “Mommra mmɛsoɛ me. Mɛma mo biribiara a ɛbɛhia mo. Na mmom, anadwo yi deɛ, ɛnsɛ sɛ moda abɔntene kɛseɛ so hɔ.” Enti, ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fie, na ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. Wɔhohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, wɔbɔɔ mu didiiɛ. Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so sɛ, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada.” Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔhoɔ na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ. Me babaa ɔbaabunu ne ɔbarima yi mpena nie. Mede wɔn bɛma mo. Na deɛ mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasedeɛ yi.” Nanso, wɔantie no. Enti, Lewini no faa ne mpena no piaa no firii adi. Na kuro no mu mmarima no faa no nnidisoɔ nnidisoɔ kɔsii adekyeeɛ. Ahemadakye no na wɔgyaa no ma ɔkɔeɛ. Ɔbaa no kɔduruu fie a ne kunu no te mu no ɛpono ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kɔsii sɛ anim teteeɛ. Ɛberɛ a ne kunu buee ɛpono sɛ ɔrepue pɛ na ɔhunuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butu hɔ a ne nsa gu aponnwa no so. Ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso, wammua. Enti, ɔde no too nʼafunumu no so de no kɔɔ efie. Ɔduruu fie no, ɔtwee sekan de twitwaa ne mpena no mu asinasini dumienu. Na ɔde esini baako biara kɔɔ Israel mmusuakuo dumienu no mu. Na obiara a ɔhunuu saa aninyanneɛ yi kaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a Israel firii Misraim no, obi nnii saa amumuyɛsɛm yi bi da. Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?” Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase. (Nkra duruu Benyamin asase so sɛ Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ. Enti, Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔkumm no no kunu no kaa sɛ, “Me ne me mpena baa Gilead a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ. Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri sɛ, saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm wɔ Israel. Enti, seesei, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene wɔ yei ho.” Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie. Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so. Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ wɔ animguasedeɛ a wɔayɛ wɔ Israel no.” Enti, Israelfoɔ nyinaa ano kɔɔ bɛnkorɔ mu boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ kuro no so. Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ wɔ mo mu yi? Monyi saa amumuyɛfoɔ a wɔfiri Gibea no mmra, na yɛnkum wɔn na yɛntu saa awurukasɛm yi ase mfiri Israel.” Nanso, Benyaminfoɔ no antie. Mmom, wɔfifiri wɔn nkuro mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rebɛko. Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte hɔ dada no ho. Na Benyamin akofoɔ no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ toamfom wɔ ahwimmoɔ toɔ mu. Na Israelfoɔ wɔ akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena a Benyamin akofoɔ nka ho. Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?” Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ wɔdi animu.” Enti, Israelfoɔ no siim anɔpahema kɔkyeree sraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. Afei, wɔtu teneeɛ de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔto ahyɛ Benyamin mmarima no so. Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu wɔ akono hɔ ɛda no ara. Nanso, Israelfoɔ nyaa akokoɔduru boaa wɔn ho ano wɔ baabi a wɔkoo ɛda a ɛdi animu no. Na wɔakɔ Bet-El akɔsu wɔ Awurade anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa Awurade sɛ, “Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?” Na Awurade buaa sɛ, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.” Enti, wɔkɔko tiaa Benyamin akofoɔ no, na Benyamin mmarima no sane kumm Israelfoɔ akofoɔ a wɔnim akofena akodie yie no mpem dunwɔtwe. Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu wɔ Awurade anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa Awurade. Na Israelfoɔ kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa ɛberɛ no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, na Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nana no na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ). Israelfoɔ no bisaa Awurade, sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafoɔ Benyamin bio anaasɛ yɛnnyae?” Awurade buaa sɛ, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.” Enti, Israelfoɔ de atɛfoɔ twaa Gibea ho nyinaa hyiaeɛ. Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beaeɛ korɔ hɔ ara. Ɛberɛ a Benyaminfoɔ akofoɔ pue baeɛ wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na sɛdeɛ na wɔayɛ pɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm Israelfoɔ no. Ɛbɛyɛ Israelfoɔ aduasa na wɔwuwuiɛ wɔ akono petee mu hɔ a ebi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. Afei Benyamin akofoɔ no teaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so wɔ ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Na saa ɛberɛ no na Israelfoɔ no apene so dada sɛ wɔbɛdwane ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afiri kuro no mu. Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kɛseɛ no duruu Baal-Tamar no, wɔdanee wɔn ho koeɛ. Ɛhɔ na Israelfoɔ a wɔatɛ wɔ Geba no puee prɛko pɛ firi wɔn atɛeɛm kɔsii Benyaminfoɔ no akyi tohyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kɔsii sɛ na Benyaminfoɔ no ntumi nhunu amanehunu a ɛbɛba. Ɛno enti, Awurade boaa Israel ma wɔdii Benyamin so nkonim. Saa ɛda no, Israelfoɔ kunkumm Benyamin akofoɔ no mpem aduonu enum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim akofena ano ko yie. Afei, Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma. Afei, wɔn a na wɔatɛ no firii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkumm obiara a ɔwɔ kuro no mu. Wɔtuee wisie kumɔnn wɔ kuro no so, a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Israelfoɔ no sɛ wɔnsane mmra mmɛto nhyɛ Benyamin akofoɔ no so. Saa ɛberɛ no na Benyamin akofoɔ no akum Israelfoɔ no aduasa, a wɔteaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem wɔ kuro no mu baabiara no, Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. Enti, wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Nanso, Israelfoɔ no taa wɔn kunkumm wɔn. Israelfoɔ no twaa Benyaminfoɔ no ho hyiaeɛ, taa wɔn anibereɛ so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔeɛ fam. Ɛda no, Benyamin akofoɔ akɛseɛ mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ ɔko no mu. Wɔn a wɔanwuwu no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛbɛn Rimon botan no ho. Nanso, Israelfoɔ no kunkumm wɔn mu mpem enum wɔ ɛkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kɔsii sɛ wɔkumm mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho. Enti, Benyamin abusuakuo no hweree akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeduonunum saa ɛda no, ma ɛkaa mmarima ahansia pɛ a wɔdwane kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ abosome ɛnan no. Afei Israelfoɔ no sane baeɛ bɛkunkumm abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ nkuro no nyinaa mu, firi nnipa so kɔsi anantwie ne biribiara so. Na kuro biara a wɔduruu so no, wɔhyee no dworobɛɛ. Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ. Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, adɛn enti na saa asɛm yi asi? Seesei yɛn mmusuakuo no mu baako ayera!” Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ Mispa no anaa?” Saa ɛberɛ no, na wɔaka ntankɛseɛ wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ ɔwu. Na Israelfoɔ no dii yea wɔ Benyaminfoɔ no ho kaa sɛ, “Ɛnnɛ yi, abusuakuo baako afiri yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka Awurade ntam sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mu biara mma wɔn awadeɛ?” Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi. Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ɔfiri Yabes Gilead. Enti, wɔsomaa akofoɔ mpem dumienu kɔɔ Yabes Gilead sɛ wɔnkɔkunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmaa ne mmɔfra ka ho. Wɔkaa sɛ, “Yei na ɛsɛ sɛ moyɛ. Monkum ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔnyɛ ɔbaabunu.” Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ. Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so. Nnipa no dii Benyaminfoɔ no ho yea, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuo no mu. Enti, Israel ntuanofoɔ no bisaa sɛ, “Sɛ wɔatɔre mmaa a wɔfiri Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a aka no? Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a aka no nya adedifoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israel abusuakuo bi ase ntɔre. Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmammaa mma wɔn awadeɛ, ɛfiri sɛ, yɛaka ntankɛseɛ sɛ, obiara a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni awadeɛ no, Awurade nnome mmra ne so.” Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, deɛ wɔdi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɛkwan a ɛfiri Bet-El kɔsi Sekem no apueeɛ fam. Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no sɛ, “Monkɔtɛ wɔ bobe nturo no mu. Sɛ mmaa a wɔfiri Silo no ba bɛsa wɔn asa no a, mompue mfiri bobe nturo no mu, na mo mu biara bɛtumi afa wɔn mu baako de no akɔ efie sɛ ne yere. Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, monte aseɛ. Momma wɔmfa mo mmammaa no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛkunkumm Yabes Gileadfoɔ no, yɛannya mmaa a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Monnni ntam no ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mode mo mmammaa maa wɔn awadeɛ.’ ” Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu. Na Israelfoɔ mmusuakuo ne mmusua no firii hɔ sane kɔɔ wɔn ankasa afie mu. Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ. Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab. Na ɔbarima no din de Elimelek ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no, Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu. Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom. Ɔne ne nsenom baanu yi tutu firii beaeɛ hɔ faa ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ akɔsi Yuda so. Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no. Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome wɔ okunu foforɔ fie.” Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ. Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.” Nanso, Naomi kaa sɛ, “Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa? Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!” Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena. Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.” Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn. Baabi a wobɛwuo no, mɛwu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a, Awurade ntwe mʼaso.” Enti, Naomi hunuu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔgyaa ne pɛ maa no. Ɛno enti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantuo no so. Ɛberɛ a wɔduruu Betlehem no, wɔn enti kuro mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmaa no bisaa sɛ, “Naomi nie anaa?” Ɔkaa sɛ, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ, Awurade ama asetena ayɛ nwono ama me. Merefiri ha akɔ no na mewɔ biribiara nanso, Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn enti na mofrɛ me Naomi wɔ ɛberɛ a Awurade ama me ahunu amane na Otumfoɔ de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?” Enti, Naomi firi Moab baeɛ a, nʼase Rut, Moabni babunu ka ne ho. Wɔduruu Betlehem atokotwa berɛ ahyɛaseɛ no mu. Ɔbarima ɔdefoɔ a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. Ɛda koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Ma menkɔ afuo mu na menkɔboaboa atokoɔ nkaseɛ na menni obi a ɔbɛma me adi nʼakyi.” Na Naomi kaa sɛ, “Ɛyɛ, me babaa, kɔ.” Enti, Rut kɔ kɔdii atwafoɔ no akyi. Na sɛdeɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ɔhunuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuo mu. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, Boas firi Betlehem baeɛ. Ɔkyeaa atwafoɔ no sɛ, “ Awurade ne mo ntena!” Atwafoɔ no gyee so sɛ, “ Awurade nhyira wo.” Ɛnna Boas bisaa ne sohwɛfoɔ sɛ, “Ababaawa bɛn na ɔwɔ nohoa hɔ no?” Sohwɛfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ ababaawa bi a ɔfiri Moab a ɔne Naomi baeɛ. Anɔpa yi ara na ɔbisaa me sɛ, ɔbɛtumi aboaboa atokoɔ ano adi atwafoɔ no akyi anaa. Ɔyɛ nsiyɛfoɔ a ɛberɛ kakra bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.” Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atokoɔ; mma nkɔ afuo foforɔ biara mu. Di mmaa a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuo yi mu no akyi pɛɛ. Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuo no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmeranteɛ no kɔkɔ sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, nom nsuo a wɔakɔsa afiri abura no mu no bi.” Rut butuiɛ, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?” Boas buaa sɛ, “Deɛ woayɛ ama wʼase ɛfiri wo kunu wuo akyi no nyinaa, wɔaka akyerɛ me, sɛ wofirii wʼagya ne wo maame ne wo ɔman na wo ne nnipa a wonnim wɔn baabiara no bɛtenaeɛ no. Awurade, Israel Onyankopɔn a woanya dwanekɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.” Na ɔno nso kaa sɛ, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekyerɛ na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamyɛ so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfoɔ no mu baako mpo no.” Ɛduruu adidiberɛ no, Boas frɛɛ no sɛ, “Bra ma yɛnnidi. Wotumi de wo burodo no bɔ nsã biara a wopɛ mu.” Enti, ɔne nʼayutwafoɔ no tenaa ase na Boas maa no aduane sene sɛdeɛ ɔbɛtumi adi mpo. Ɛberɛ a Rut sane kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ, “Momma no mmoaboa atokoɔ no ano mfiri nʼafiafi no mu na monnsi no kwan. Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesa, na monnha no.” Enti, Rut sesaa atokoɔ no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporoo atokoɔ no saa anwummerɛ no, ɔnyaa bɛyɛ lita aduonu mmienu. Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduane a ɔgya sii ne hɔ no maa no. Naomi hunuiɛ no, ɔteaam sɛ, “Ɛdɔɔso yie! Na ɛhe na ɛnnɛ woboaboaa saa atokoɔ yi nyinaa ano firi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira deɛ ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kaa sɛ, “Deɛ meyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no, wɔfrɛ no Boas.” Naomi ka kyerɛɛ nʼase no sɛ, “ Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawuo no nʼayamyɛ. Saa ɔbarima no yɛ abusuafoɔ a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ɔgyefoɔ baako.” Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.” Naomi teaam sɛ, “Anwanwasɛm nie! Yɛ deɛ ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfoɔ no ntena kɔsi sɛ wɔbɛwie otwa no. Wʼasom bɛdwo wo wɔ hɔ sen afuo biara mu.” Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte. Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara. Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ. Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie. Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so. Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ. Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase. Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.” Na Boas kaa sɛ, “ Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni. Nanso, akwansideɛ baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me. Tena ha anadwo yi na sɛ adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye.” Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.” Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu. Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?” Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no kyerɛɛ Naomi, na ɔtoaa so sɛ, “Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ” Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.” Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kaa sɛ, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti, wɔtenaa ase. Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu sɛ wɔmmɛtena ase sɛ adansefoɔ. Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no sɛ, “Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. Mesusu sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa adansefoɔ yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri sɛ, sɛ woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ megye.” Na ɔbarima no buaa sɛ, “Mɛgye.” Afei, Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.” Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa sɛ, “Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri sɛ, ɛbɛha mʼagyapadeɛ. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.” Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den. Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas sɛ, “Wo ara tɔ asase no.” Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ. Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no sɛ me yere. Ɛno enti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ.” Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse wɔ Efrata na woagye edin wɔ Betlehem. Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.” Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.” Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana. Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie: Peres woo Hesron. Hesron woo Ram, ɛnna Ram woo Aminadab. Aminadab woo Nahson, ɛnna Nahson woo Salmon. Salmon woo Boas, ɛnna Boas woo Obed. Obed woo Yisai, ɛnna Yisai woo Dawid. Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu. Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba. Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no. Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma. Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw. Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?” Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ. Hana firi awerɛhoɔ a ano yɛ den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ. Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.” Ɔgu so rebɔ Awurade mpaeɛ no, na Eli rehwɛ no. Ɔhunuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu sɛ wanom nsã. Ɔbisaa no sɛ, “Ɛsɛ sɛ woba ha ɛberɛ a waboro nsã anaa? Ma wʼani nna hɔ!” Na Hana buaa sɛ, “Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ.” Ɛnna Eli kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo.” Hana teaam sɛ, “Meda wo ase, awura!” Ɔsane kɔ kɔdidiiɛ, na wanni awerɛhoɔ bio. Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.” Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade. Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.” Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no. Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ. Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔdeɛ wieeɛ no, wɔde abɔfra no brɛɛ Eli. Hana bisaa no sɛ, “Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no. Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me. Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ. Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho. “Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade ! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn. “Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no, nkasa wɔ ahantan so saa! Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn. “Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio; na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den. Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn. Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn. Afei, obonini wɔ mma baason, na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no. “ Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba; Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ; ɔbrɛ obi ase na wapagya obi. Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ. Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban, na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim; Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn. Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ; deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.” Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli. Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade, anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no, ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so. Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.” Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.” Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia. Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ. Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no. Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “ Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.” Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim. Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no. Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne? Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ. Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn. Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn. Ɛda koro bi Onyankopɔn onipa bi baa Eli nkyɛn de nkra yi brɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade ka, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fie ɛberɛ a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no anaa? Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no. Adɛn enti na motiatia me kum afɔdeɛ ne mʼaduane afɔdeɛ so? Adɛn enti na mobu mo mmammarima sene me? Moawe afɔrebɔdeɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ no mu kyɛfa a ɛyɛ no, na monam so ayeyɛ akɛseɛ!’ “Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora. Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee. Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa. Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo. “ ‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu. Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa. Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.” ’ ” Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na. Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa. Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!” Samuel buaa sɛ, “Menie.” Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ. Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!” Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da. Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so na ka sɛ, ‘Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti, Samuel kɔdaa bio. Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio sɛ, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buaa sɛ, “Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.” Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi wɔ Israel. Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa. Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri sɛ, ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. Na maka ntam sɛ, Eli ne ne mmammarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.” Samuel daa hɔ ara kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan hɔ mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. Nanso, Eli frɛɛ no sɛ, “Samuel, me ba.” Samuel buaa sɛ, “Menie!” Eli bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.” Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ. Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel wɔ ntomadan mu hɔ. Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ. Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban wɔ Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban wɔ Afek. Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan. Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho. Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ. Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu hɔ yi?” Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu hɔ no, wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da. Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no. Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.” Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no. Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa. Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?” Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.” Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan. Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ. Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso. Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. Ɔkaa sɛ, “Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.” Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu. Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn. Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio. Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da hɔ a ammubu. Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Dagon asɔfoɔ anaa obiara a ɔbɛwura abosonnan mu hɔ no ntia aponnwa no so no. Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa sɛ, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?” Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa sɛ, “Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat. Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.” Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa.” Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara. Awurade Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.” Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.” Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ. Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so. “Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu. Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ. Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.” Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu. Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so. Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie. Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade. Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron. Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa Awurade no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn. Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no. Na Awurade kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na deɛ Awurade yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara. Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?” Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!” Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so. Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.” Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko. Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.” Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ. Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie. Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ. Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim. Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so. Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!” Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ. Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ ntam saa ɛberɛ no. Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so. Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa Awurade. Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ. Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea. Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.” Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ. Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio. Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.” Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. “Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma. Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no. Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ. Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ. Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma. Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ. Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.” Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.” Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade, na Awurade buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom. Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu. Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so. Ɛda bi Kis mfunumu yeraeɛ, na ɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Fa asomfoɔ no mu baako, na wone no nkɔhwehwɛ mfunumu no.” Enti, Saulo faa asomfoɔ no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔ asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhunu mfunumu no baabiara. Na wɔduruu Suf mansini mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔka ne ho no sɛ, “Bra, ma yɛnsane nkɔ baabi a yɛfiri baeɛ, na ebia, mʼagya agyae mfunumu no ho dwene, ɛredwene yɛn ho mmom.” Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.” Saulo buaa no sɛ, “Yɛnni hwee a yɛbɛtumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuane mpo asa, yɛnni biribiara a yɛde bɛma no.” Ɔsomfoɔ no buaa no bio sɛ, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram mmiɛnsa. Yɛbɛtumi de ama no, na yɛahwɛ deɛ ɛbɛsie.” (Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.) Saulo penee so ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti, wɔsii mu kɔɔ kuro a Onyame onipa wɔ mu no so. Wɔreforo bepɔ bi akɔ kuro no mu no, wɔhyiaa mmabaawa bi a wɔrekɔsa nsuo. Enti, Saulo ne ne ɔsomfoɔ no bisaa wɔn sɛ “Ademuhununi no wɔ ha ɛnnɛ?” Wɔbuaa sɛ, “Aane. Momfa ɛkwan yi so tee, na mobɛhunu sɛ ɔte kuro no apono ano hɔ. Ɔrebɛduru ha ara nie, na ɔno nso rebɛbɔ ɔmanfoɔ afɔdeɛ no bi wɔ bepɔ no so hɔ. Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔ no so akɔdidi. Nnipa no mfiri aseɛ nnidi kɔsi sɛ ɔbɛhyira aduane no so.” Enti, wɔkɔɔ kuro no mu. Na wɔrewura apono no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔ no. Na Awurade aka akyerɛ Samuel, ɛda a atwam no sɛ, “Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma obi afiri Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ kannifoɔ. Ɔbɛgye wɔn afiri Filistifoɔ nsam. Mede ahummɔborɔ ahwɛ me nkurɔfoɔ, na mate wɔn sufrɛ.” Ɛberɛ a Samuel hunuu Saulo ara pɛ, Awurade kaa sɛ, “Yei ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na ɔbɛdi me nkurɔfoɔ so no.” Ɛhɔ ara, Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpono no ano kɔbisaa no sɛ, “Wobɛtumi akyerɛ me baabi a ademuhununi no fie wɔ anaa?” Samuel buaa sɛ, “Mene adehunumuni no. Di mʼanim ɛkan wɔ bepɔ no so, kɔ baabi a wɔbɔ afɔdeɛ hɔ, na yɛn nyinaa bɛdidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo deɛ wopɛ sɛ wohunu, na magya wo ɛkwan. Na mfunumu a wɔyeraeɛ nnansa ne ɛnnɛ no, mma wɔn ho asɛm nha wo koraa, ɛfiri sɛ, wɔahunu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Israel anidasoɔ nyinaa yɛ wo ne wo fiefoɔ.” Saulo buaa sɛ, “Mefiri Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuo no mu. Na me fie nso yɛ ketewa koraa wɔ Benyamin mmusua no nyinaa mu. Na adɛn enti na woka yei kyerɛ me?” Enti, Samuel de Saulo ne ne ɔsomfoɔ no baa asa so hɔ. Ɔmaa wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ɛpono ti, de hyɛɛ wɔn animuonyam wɔ nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ aduasa no anim. Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ, “Fa ɛnam sini a mede maa wo no bra, deɛ wɔde asie ama deɛ wɔrehyɛ no animuonyam no.” Enti, osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kaa sɛ, “Di deɛ wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforɔ yi.” Enti Saulo ne Samuel didiiɛ. Apontoɔ no akyi a wɔsane baa kuro no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kɔsiesie daberɛ maa no. Adeɛ kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no sɛ, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi wonam ɛkwan so.” Enti, Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu firii efie hɔ. Wɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne ɔsomfoɔ no nni wɔn ɛkan. Ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Samuel kaa sɛ, “Tena ha, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.” Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ Awurade apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel. Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?” ’ “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn. “Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.” Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?” Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?” Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.” Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?” Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene. Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’ Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.” Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?” Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.” Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.” Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!” Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie. Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn. Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.” Na Yabes mpanin no buaa sɛ, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so.” Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ. Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ. Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie. Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho sɛ, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ yɛ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ yɛ ɔpeduasa. Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ. Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛ, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn.” Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi. Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.” Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.” Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua.” Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ. Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.” Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.” Samuel kaa sɛ, “ Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!” Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no. “Ɛberɛ a na Israelfoɔ wɔ Misraim na wɔsu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so. “Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so. Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu. “Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Onyankopɔn yɛ mo so ɔhene. Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛdeɛ ama mo. Sɛ mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie. Na sɛ moantie Awurade, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no. “Enti afei, monnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a Awurade rebɛyɛ. Monim sɛ saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma Awurade adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ sɛ mobisaa ɔhene no.” Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na ɛda no ara, Awurade dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Bɔ Awurade, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.” Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade. Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri sɛ, wɔn ho nni mfasoɔ. Esiane ne din kɛseɛ no enti, Awurade rempo ne nkurɔfoɔ. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼadeɛ. Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. Nanso, monhwɛ sɛ mobɛsuro Awurade na moasom no nokorɛm. Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa.” Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu. Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so. Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so wɔ Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa sɛ, “Hebrifoɔ, monsɔre!” Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal. Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam. Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu. Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu. Ɔdii nnanson wɔ hɔ sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no sɛ ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu sɛ mmarima no rebɔ pete. Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Ɔrewie afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel kɔduruu hɔ. Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba. Samuel bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Saulo buaa sɛ, “Mehunuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, medwenee sɛ, ‘Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.’ Enti, metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba.” Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ. Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no sɛ ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri sɛ, woanni Awurade mmara no so.” Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia. Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban wɔ Mikmas. Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam. Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no. Enti, na Israelfoɔ no nyinaa kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano. (Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na sɛ wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.) Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan. Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no. Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu. Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim. Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.” Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.” Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn. Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!” Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ. Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so. Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ. Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa. Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ anaa.” Wɔhwehwɛeɛ hunuu sɛ Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni hɔ. Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.) Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.” Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara. Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no. Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi. Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen. Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ, na Saulo ama wɔaka ntam sɛ, “Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were.” Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa, ɛwom, wɔhunuu sɛ ɛwoɔ kyɛm da fam wɔ kwaeɛ no ase. Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no. Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no.” Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so. Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.” Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ. Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.” Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha. Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so wɔ mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’ ” Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Saulo sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ. Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.” Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.” Enti, Saulo bisaa Awurade sɛ, “Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?” Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ. Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee. Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so. Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ. Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.” Yonatan gye too mu sɛ, “Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei yɛ owuo asɛm?” Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.” Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no. Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie. Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim. Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam. Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma. Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu. Ɛda koro bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a ɛfiri Awurade nkyɛn no. Asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ nie, ‘Me ne Amalekfoɔ bɛdi wɔ deɛ wɔyɛ de tiaa Israelfoɔ ɛberɛ a na wɔfiri Misraim reba no. Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ ” Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodoɔ yɛ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda. Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu. Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra sɛ, “Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ hɔ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie.” Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho. Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur wɔ Misraim apueeɛ fam. Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa. Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, ɛfiri sɛ, wanni me nokorɛ, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haa Samuel, na ɔsu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa. Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.” Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “ Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.” Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?” Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.” Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.” Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?” Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. Na ɔsomaa wo sɛ kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.’ Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?” Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.” Na Samuel buaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne? Osetie yɛ sene afɔrebɔ, sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma. Adɔnyɛ te sɛ bayie, ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom. Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti, ɔno nso apo wʼahennie.” Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.” Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!” Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ. Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo. Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri sɛ, ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.” Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.” Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade. Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no, wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.” Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal. Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea. Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so. Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.” Samuel bisaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Sɛ Saulo te a ɔbɛkum me.” Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa nantwie ba ka wo ho, na ka sɛ, maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.” Samuel yɛɛ deɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” Samuel buaa sɛ, “Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase. Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee sɛ, “Ampa, deɛ Awurade asra noɔ no ni.” Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri sɛ, mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na Awurade deɛ, ɔhwɛ akoma mu.” Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Yei nyɛ deɛ Awurade ayi no.” Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa sɛ, “Saa ara na Awurade nyii yei.” Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade nyii wɔn mu biara.” Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, “Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?” Yisai buaa sɛ, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan.” Samuel kaa sɛ, “Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi.” Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.” Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama. Saa ɛberɛ yi na Awurade honhom afiri Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu. Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ honhommɔne bi na ɛreha wo. Sɛ saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na sɛ honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio.” Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha.” Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo bɔ yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.” Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me.” Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho. Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako. Na Saulo too Yisai nkra sɛ, “Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ, mepɛ nʼasɛm yie.” Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid bɔ sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ. Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bɔnhwa. Filistifoɔ faa bepɔ baako, ɛna Israelfoɔ no nso faa baako a bɔnhwa no da wɔn ntam. Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron. Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson. Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi. Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim. Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” Ɛberɛ a Saulo ne Israelfoɔ tee yei no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoeɛ. Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie. Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama. Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi, nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso. Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan. Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima. Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me. Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.” Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom. Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu. Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom. Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no. Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu dwane kɔeɛ. Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.” Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?” Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.” Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.” Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no. Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no. Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.” Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.” Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a, mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no firi nʼanom. Na sɛ aboa no dane nʼani ba me hɔ a, mesɔ nʼabɔgye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini ɔbosonsomni no nso, ɛfiri sɛ, wagu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm ho fi. Awurade a ɔgyee me firii gyata ne sisi mmɔwerɛ ano no, ɔno ara na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.” Saulo penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ. Awurade nka wo ho.” Afei, Saulo de ɔno ankasa akodeɛ maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛ ne akotaadeɛ kaa ne ho. Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ. Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko. Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.” Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. Ɛnnɛ, Awurade bɛdi wo so nkonim, na mɛkum wo, atwa wo ti. Na mede wo mmarima a wɔdi wʼakyi no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na ewiase nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!” Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kɔhyiaa no. Ɔde ne nsa hyɛɛ nnwanhwɛfoɔ kotokuo no mu, yii kokwaboɔ baako de hyɛɛ nʼahwimmoɔ no mu toeɛ, ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwaboɔ no wuraa Goliat tirim ma ɔbu hweeɛ, maa nʼanim kɔbutuu fam. Enti, Dawid de ahwimmoɔ ne kokwaboɔ baako dii Filistini ɔkwabrane no so. Na ɛsiane sɛ na ɔnni akofena enti, ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti. Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ. Afei, Israelfoɔ no bɔɔ ose kɛseɛ nkonimdie so, taa Filistifoɔ no ara kɔduruu Gat ne Ekron apono ano. Na Filistifoɔ a wɔawuwuo no afunu ne apirafoɔ no gugu ɛkwan so, de firi Saaraim de kɔduruu Gat ne Ekron. Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma. Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu. Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?” Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.” Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.” Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no. Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.” Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie. Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano. Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so. Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan. Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie: Saulo akum ne mpempem, na Dawid deɛ, ɔpedupedu! Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.” Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so. Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no, too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio, ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, Awurade agya no akɔ Dawid afa. Ne korakora ne sɛ, Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafoɔ apem pɛ so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa. Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim wɔ mu, ɛfiri sɛ, na Awurade ka ne ho. Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ. Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi nʼakodɔm anim kɔ sa a, ɔdi nkonim. Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mepɛ sɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Merentene me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no.” Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?” Enti, berɛ no duruu sɛ wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ. Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye. Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.” Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ” Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?” Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono. Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no, Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ. Saulo hunuu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no, Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ. Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa. Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo. Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.” Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.” Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.” Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ. Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ. Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no, Saulo too ne pea kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ ɔkum no. Nanso, Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu dwaneeɛ maa pea no kaa ɔfasuo no mu. Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn hɔ sɛ, ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ sɛ, “Sɛ woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo.” Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ. Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so. Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so.” Saulo sane somaa mmarima no bio sɛ, “Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no.” Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so. Saulo bisaa Mikal sɛ, “Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?” Mikal buaa no sɛ, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ ” Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. Ɛberɛ a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, ɔsomaa akodɔm sɛ wɔnkɔkye no mmra. Nanso, wɔduruiɛ a wɔhunuu Samuel ne adiyifoɔ bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so. Akyire no koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, kɔduruu abura kɛseɛ bi a ɛwɔ Seku ho. Ɔbisaa sɛ, “Samuel ne Dawid wɔ he?” Obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.” Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. Ɔsunsuanee nʼatadeɛ mu, de ne ho too fam, daa hɔ ɛda mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teateaam sɛ, “Asɛm ni? Enti, daa yi Saulo nso yɛ odiyifoɔ?” Dawid dwane firii Naiot a ɛwɔ Rama kɔhunuu Yonatan. Ɔbisaa sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ ɔkum me yi?” Yonatan teaam sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie sɛ ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri sɛ, ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim sɛ ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!” Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!” Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ!” Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ. Na sɛ wʼagya bisa sɛ mewɔ he a, ka kyerɛ no sɛ, ‘mesrɛɛ ɛkwan sɛ merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.’ Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me. Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.” Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.” Na Dawid bisaa Yonatan sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahunu sɛ wʼagya bo afu anaasɛ ne bo mfuiɛ?” Yonatan buaa sɛ, “Bra na yɛnkɔ wiram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ. Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Onyankopɔn din mu sɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. Sɛ ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm. Nanso sɛ mʼagya bo afu, na ɔpɛ sɛ ɔkum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no. Na fa Awurade nokorɛ dɔ no bi dɔ me ɛberɛ a mete ase yi. Na sɛ mewu, na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfoɔ nyinaa gu firi asase ani mpo a, nyi wʼadɔeɛ mfiri me fiefoɔ so da biara da.” Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “ Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.” Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho. Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ. Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, kɔ baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn wɔ aboɔ esie no ho. Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te sɛ deɛ mereto abɔ biribi no. Afei, mɛsoma abarimaa bi aka sɛ, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ fa ha; tase brɛ me a,’ bra, ɛfiri sɛ, mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ. Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ wokɔ, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔse kɔ. Na Awurade mmoa yɛn na yɛnni ɛbɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn danseni.” Na Dawid kɔtɛɛ wiram, na ɛberɛ a ɔbosome foforɔ afahyɛ no duruiɛ no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebɛdidi. Ɔtenaa nʼatenaeɛ a ɛbɛn ɔfasuo ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenaeɛ hɔ deɛ, ɛdaa hɔ bio. Na ɛda no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee sɛ, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho nte mma saa afahyɛ no ase. Ɛno enti na ɔnni ha ɛnnɛ no.” Na adeɛ kyeeɛ a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ, “Adɛn enti na Yisai babarima no amma adidie nnora ne ɛnnɛ?” Yonatan buaa sɛ, “Nokorɛm, Dawid srɛɛ me ɛkwan sɛ ɔrekɔ Betlehem. Ɔkaa sɛ, ‘Ma menkɔ, ɛfiri sɛ, me fiefoɔ rebɔ afɔdeɛ wɔ kuro no mu enti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim animuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno enti na wamma ɔhene didipono ho no.” Saulo bo fuu Yonatan, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔba kwasea, ɔbaa brakyewni tuateni ba! Wosusu sɛ mennim sɛ wopɛ sɛ Dawid di ɔhene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo maame aniwuo? Mmerɛ dodoɔ a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma seesei ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na menkum no!” Yonatan bisaa nʼagya sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?” Ɛhɔ ara, Saulo too pea sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan hunuu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ ɔbɛkum Dawid. Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho. Ade kyeeɛ no, Yonatan kɔɔ wiram. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. Ɔka kyerɛɛ abarimaa no sɛ, “Hyɛ aseɛ tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metoto no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan too bɛmma no baako traa no. Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no sɛ, “bɛmma no ntraa wo anaa?” Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn. Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim. Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.” Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid. Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu. Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?” Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.” Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.” Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.” Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid. Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no. Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.” Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.” Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ ” Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu. Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?” Dawid dwane firii Gat kɔtɛɛ ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛre biara na ne nuanom mmarima ne ne fiefoɔ bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan. Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?” Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu. Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane kɔ Yuda asase so.” Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu. Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia. Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa? Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me sɛ me ara me babarima wɔ Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran sɛ ɔmpɛ me nku me!” Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofoɔ gyina hɔ no kaa sɛ, “Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.” Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.” Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.” Na Saulo bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so wɔ ha?” Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu. Ɛnyɛ saa ɛda no ne ɛda a ɛdi ɛkan a mabisa Awurade ama no. Dabi! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de soboɔ bɔ ne ɔsomfoɔ ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ, wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.” Na ɔhene kaa sɛ, “Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu.” Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ, wɔn nso kɔ Dawid afa. Na wɔnim sɛ ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no. Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg sɛ, “Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no.” Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum. Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa. Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn. Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no, Dawid teaam sɛ, “Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg wɔ hɔ saa ɛda no, na menim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu. Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, ɛfiri sɛ, onipa korɔ no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.” Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea. Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, kɔ na kɔgye Keila.” Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.” Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.” Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid. Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima. Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha. Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.” Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.” Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?” Na Awurade buaa sɛ, “Aane, wɔbɛyi mo ama.” Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die. Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no. Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu. Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.” Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ. Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi. Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.” Saulo kaa sɛ, “ Awurade nhyira mo! Afei, mahunu sɛ, mʼasɛm fa obi ho. Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, menim sɛ ɔyɛ oniferefoɔ. Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ ɛpɔ mu hɔ nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!” Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so. Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no. Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no, Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio. Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan. Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ. Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.” Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no. Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri. Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano. Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “ Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.” Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no. Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo? Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’ Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me. Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo. “Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie? Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.” Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so. Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.” Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu. Afei, Samuel wuiɛ na Israel nyinaa hyia yɛɛ no ayie. Na wɔsiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon ɛserɛ so. Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ. Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ. Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no, ɔsomaa mmarima mmabunu edu kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn sɛ, “Wo nkwa so! Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nnya ahoɔden! Na wʼagyapadeɛ nyinaa nso nyɛ nhyira. “Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ne mmirekyie ho nwi. Ɛberɛ a na mo nnwanhwɛfoɔ wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmerɛ dodoɔ a wɔdii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara annyera. Bisa wo ara wʼasomfoɔ na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ ɛda, ɛno enti, mesrɛ wo, ma yɛn aduane biara a wo nsa bɛso so.” Dawid mmeranteɛ no de nkra no maa Nabal na wɔtwɛnee ne mmuaeɛ. Nabal buaa Dawid asomfoɔ no sɛ, “Hwan ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hwan? Nnansa yi, asomfoɔ bebree retete wɔn ho afiri wɔn wuranom ho. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede me burodo ne me nsuo ne mʼaboa a makum no ɛnam a mede rebɛma me nwitwitwafoɔ no ma akwanmukafoɔ a obi nnim baabi a wɔfiri?” Na Dawid mmarima no sane kɔeɛ, kɔkaa deɛ Nabal kaeɛ no kyerɛɛ no. Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Momfa mo akofena.” Na Dawid nso faa ne deɛ. Mmarima bɛyɛ sɛ ahanan na wɔkaa Dawid ho kɔeɛ, ɛnna mmarima ahanu nso tena wɛnee akodeɛ no. Nabal asomfoɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ, “Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ no so sɛ wɔ ne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔdidii wɔn atɛm. Nanso Dawid nnipa no yɛ ma yɛn. Wɔannyɛ yɛn bɔne biara. Ɛberɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara. Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nnwan no ho ban. Enti, dwene ho yie, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne bo ha no na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.” Abigail ansɛe berɛ koraa. Ɔfaa burodo mua ahanu, nsã aboa nwoma mmienu, nnwan enum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyeweɛ susudeɛ enum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ahanu de soaa mfunumu. Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monni ɛkan nkɔ. Mɛti mo.” Nanso, wanka deɛ na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal. Ɔte nʼafunumu so nam ara kɔsii bepɔ bi nsiane mu no, ɔhunuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔresiane hyia no. Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka. Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fieni bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.” Abigail hunuu Dawid no, ntɛm ara, ɔhuri firii nʼafunumu no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim. Ɔhwee ne nan ase kaa sɛ, “Me wura, megye saa asɛm yi ho afɔdie nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka. Menim sɛ Nabal yɛ otirimuɔdenfoɔ a ne bo nso ha no; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛdeɛ ne din kyerɛ no. Na mpo, abɔfoɔ a wosomaa wɔn no, manhunu wɔn. Afei, me wura, mpɛn dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudie ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusuo mmra wʼatamfoɔ nyinaa so, sɛdeɛ ebi aba Nabal so yi. Akyɛdeɛ a mede abrɛ wo ne wo mmeranteɛ no nie. “Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade de efie a nʼahennie ase bɛtim bɛdom wo, ɛfiri sɛ, woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu. Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Onyankopɔn, bɛgye wo, abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔbɔ ademudeɛ ho ban. Na wʼatamfoɔ nkwa deɛ, ɛbɛyera te sɛ aboɔ a wɔato firi ahwimmoɔ mu. Sɛ Awurade di ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a, mma yei nnyɛ nkekaawa wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a ɛfiri mogyakaguo ne aweretɔ a ɛho nni mfasoɔ ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛseɛ yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!” Dawid buaa Abigail sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wama woabɛhyia me ɛnnɛ. Ɛda Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ wedeɛ. Na meka Awurade, Israel Onyankopɔn a wamma me manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.” Na Dawid gyee nʼakyɛdeɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie asomdwoeɛ mu. Yɛrenkum wo kunu no.” Ɛberɛ a Abigail duruu fie no, ɔhunuu sɛ Nabal ato ɛpono kɛseɛ sɛ ɔhene. Na waboro nsã enti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kɔsii adekyeeɛ. Adeɛ kyeeɛ a nʼani so ada hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, ɔbubu kaa mpa so. Dadu akyi no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ. Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.” Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, maa wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛware no. Asomfoɔ no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛbisa wo sɛ wobɛware no anaa?” Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.” Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere. Dawid waree Ahinoam a ɔfiri Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom. Na Saulo de ne babaa Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ɔfiri Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima. Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no. Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia. Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?” Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.” Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda. Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.” Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na ɔnni ho fɔ? Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu. Awurade mma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ.” Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so. Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm hɔ di nhwɛanimu kɔsii sɛ ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no. Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo sɛ, “Sɔre oo! Abner.” Abner bisaa sɛ, “Hwan nie?” Dawid goroo ne ho sɛ, “Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi wɔ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa sɛ ɔrebɛkum no no? Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?” Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ sɛ, “Wo nie me ba Dawid?” Na Dawid buaa no sɛ, “Nana, ɛyɛ me. Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn? Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri sɛ, moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ. Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?” Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.” Dawid buaa sɛ, “Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye. Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a Awurade asra no. Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.” Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ.” Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie. Na Dawid dwenee ho sɛ, “Ɛda bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne sɛ, mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ.” Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase. Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabaa no kɔeɛ. Saulo tee sɛ Dawid adwane kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ, “Sɛ ɛrenha wo a, ma yɛn baabi wɔ nkuro no bi so na yɛnkɔtena hɔ sene sɛ yɛbɛtena ahenkuro yi mu.” Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ), na wɔtenaa Filistifoɔ no mu afe ne abosome ɛnan. Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene kɔ Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no. Dawid annya onipa baako anikann wɔ nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn. Akis bisaa Dawid sɛ, “Ɛhe na ɛnnɛ mofom nneɛma kɔduruiɛ?” Dawid buaa sɛ, “Yɛkɔɔ Yuda anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Yerahmeelfoɔ ne Kenifoɔ so.” Dawid kumm wɔn nyinaa. Wannya obiara a ɔbɛtumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔeɛ. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara wɔ ɛberɛ a na Dawid te Filistifoɔ mu no. Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ.” Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.” Dawid penee so sɛ, “Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ.” Akis kaa sɛ, “Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ.” Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so. Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa. Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma. Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so. Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, “Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor.” Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?” Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?” Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.” Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?” Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.” Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!” Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.” Saulo bisaa sɛ, “Ɔte sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” Ɛhɔ na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam. Samuel bisaa sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?” Saulo buaa sɛ, “Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.” Na Samuel buaa sɛ, “Sɛ Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me? Awurade ayɛ deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan. Awurade ayɛ saa, ɛfiri sɛ, woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo.” Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri sɛ, na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa. Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisadeɛ. Enti, yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi.” Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so. Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti. Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii hɔ kɔɔ anadwo no. Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban wɔ asutire bi ho wɔ Yesreel. Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?” Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.” Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa sɛ, “Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, ɛfiri sɛ, sɛ anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene sɛ ɔbɛko atia yɛn anaa? Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asa mu sɛ: “Saulo akum ne mpempem na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?” Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so. Enti, sane wʼakyi na kɔ no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no.” Dawid bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?” Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa sɛ, “Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no.” Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel. Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa. Wɔkyekyeree mmaa ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa a ɛyɛ mmɔfra ne mpanin. Wɔankum wɔn mu biara, na mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no, wɔtwaa agyaadwoɔ ara kɔsii sɛ afei na wɔntumi ntwa agyaadwoɔ no bio. Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho. Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu. Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ. Na Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.” Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so. Nanso, mmarima no mu ahanu deɛ, na wɔabrɛbrɛ yie enti, wɔantumi antwa asuo no. Ɛno enti, Dawid de akodɔm ahanan a wɔaka no toaa so. Dawid akodɔm no bi hunuu Misraimni barima bi wɔ wiram hɔ na wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no burodo sɛ ɔnni ne nsuo sɛ ɔnnom. Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden. Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?” Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare. Yɛkɔtuaa Keretifoɔ wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.” Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.” Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so. Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no. Dawid gyee biribiara a Amalekfoɔ no faeɛ, sane gyee ne yerenom baanu no. Biribiara anyera: sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, ɔbabarima anaa ɔbabaa anaa biribiara a wɔfom faeɛ no, Dawid de ne nyinaa sane baeɛ. Nʼakodɔm no kaa nnwan ne anantwie no so, de wɔn baeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Yeinom nyinaa wɔ Dawid sɛ nʼadwuma pa so akatua.” Na wɔduruu Besor asuwa no so na wɔhunuu mmarima ahanu a ɔbrɛ dodoɔ enti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyeaa wɔn anigyeɛ so. Nanso, Dawid mmarima no mu asɛmpɛfoɔ bi kaa sɛ, “Wɔne yɛn ankɔ enti, wɔrennya asadeɛ no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔmfiri yɛn ani so nkɔ.” Nanso, Dawid kaa sɛ, “Dabi, anuanom! Monnyɛ deɛ Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkomenya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfoɔ so nkonim. Mogye di sɛ sɛ moka no saa a, obi bɛtie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ sa ne wɔn a wɔhwɛ akodeɛ so nyinaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Dawid yɛɛ yei mmara, maa Israel nyinaa na wɔgu so di so saa ara de bɛsi ɛnnɛ. Ɛberɛ a Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a na wɔyɛ ne nnamfonom kaa sɛ, “Mo akyɛdeɛ a yɛfa firi Awurade atamfoɔ nsam nie.” Wɔde akyɛdeɛ no kɔmaa ntuanofoɔ a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafoɔ fam, Yatir. Aroer, Sifmot, Estemoa, Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa. Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔ wɔn anim, na wɔkunkumm pii wɔ Gilboa bepɔ so. Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara. Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wo akofena no, na fa wɔ me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho wɔ so. Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho. Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no. Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu sɛ Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro hɔ dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa hɔ. Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔ so. Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔ wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa. Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho. Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn. Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson. Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu. Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu. Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.” Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?” Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.” Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?” Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara. Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’ “Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’ “Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’ “Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’ “Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.” Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no. Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.” Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?” Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.” Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu. “Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ! “Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifoɔ abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔntene so, na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu. “Ao Gilboa mmepɔ, mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so, anaa wo nsianeɛ so. Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio. “Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan. Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata. “Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ. “Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so. Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan; Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ! Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ; emu dɔ sene mmaa dɔ! “Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ! Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.” Mmerɛ no ara mu, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Mensane nkɔ Yuda anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Kɔ.” Dawid bisaa no sɛ, “Kuro bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no sɛ, “Hebron.” Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, ne ne mmarima ne wɔn fiefoɔ nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkuro so. Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so. Na ɛberɛ a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, ɔtoo wɔn nkra sɛ, “ Awurade nhyira mo sɛ moayi nokorɛ a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no animuonyam so. Na afei, Awurade ne mo nni no yie na ɔntua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso mɛtua mo deɛ moayɛ yi so ka. Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ sɛ Yudafoɔ a wɔasra me ngo sɛ menni wɔn so ɔhene no.” Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakodɔm so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim. Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ asase ne Israel nyinaa so. Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ. Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa. Ɛda koro bi, Abner dii Is-Boset akodɔm anim, firi Mahanaim kɔɔ Gibeon. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid akodɔm anim, firi Hebron na wɔhyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtadeɛ ho. Akuo mmienu no tenatenaa ase a na wɔdi nhwɛanimu. Afei, Abner susuu ho kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma yɛmfa yɛn akofoɔ no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako nyɛ oyikyerɛ.” Yoab penee so kaa sɛ, “Wɔnsɔre nko ɛ.” Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako. Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu hɔ sɛ Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ. Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim. Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmammarima baasa no ka Dawid akodɔm no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforoteɛ, na ɔpamoo Abner ara sɛ, ɔbɛkyere no. Ɛberɛ a Abner twaa nʼani hunuu sɛ ɔgu ne so no, ɔteaam sɛ, “Wo nie, Asahel!” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me!” Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnneɛ, kɔpɛ obi foforɔ, na wone no nko. Kɔ na kɔsi mmeranteɛ no baako so, na gye nʼakodeɛ a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso, Asahel, kɔɔ so taa no. Bio, Abner teaam ka kyerɛɛ Asahel sɛ, “Firi ha kɔ! Sɛ mekum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.” Nanso, Asahel antie ara, enti Abner de ne pea no wɔɔ ne yafunu mu, maa pea no pue firii nʼakyi. Ɔbu hwee fam hɔ wuiɛ. Na obiara a ɔduruu atɔeɛ mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ. Ɛberɛ a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Ɛberɛ a wɔduruu Amma bepɔ a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɛkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon ɛserɛ so no, na onwunu adwo. Abner akodɔm a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no so yɛɛ krado maa ɔko. Ɛhɔ na Abner teaam, ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa akofena so de ka yɛn ntam asɛm anaa? Monnhunu sɛ, saa ɛkwan no de nitan bɛto yɛn ntam? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnnyae wɔn nuanom Israelfoɔ akyidie?” Na Yoab kaa sɛ, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.” Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto, maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa. Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim. Na Yoab gyaee Abner akyidie, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wɔhunuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera. Nanso, na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfoɔ no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no. Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantee anadwo mu no nyinaa kɔduruu Hebron adekyeeɛ. Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe. Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima. Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka babarima. Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima. Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron. Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so. Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada. Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me? Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono. Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.” Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio. Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.” Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.” Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.” Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie.” Na Paltiel sane kɔɔ efie. Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ sɛ mosi Dawid ɔhene. Ɛberɛ no nie. Ɛfiri sɛ, Awurade aka sɛ, ‘Mayi Dawid sɛ ɔnnye me nkurɔfoɔ mfiri Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.’ ” Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ sɛ, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ. Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma pɛ so.” Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo. Abner kɔeɛ ara pɛ, Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree. Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ Abner baa hɔ nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoeɛ mu no, Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn? Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?” Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee. Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ. Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa hɔ da.” Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri sɛ, Abner kumm wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon. Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so. Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho. Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa? Wɔankyekyere wo nsa; wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn. Dabi, wɔdii wo awu; amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ.” Nnipa no nyinaa suu Abner bio. Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.” Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani. Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner. Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no sɛ, “Monhunu sɛ ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ wɔ Israel anaa? Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.” Ɛberɛ a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ne bo tuiɛ, na saa ara nso na ne nkurɔfoɔ no bɔɔ huboa. Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔte Beerot dadaada no dwane kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔhoɔ de bɛsi ɛnnɛ yi. Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ. Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome. Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ. Ansa na wɔbɛkɔ no, wɔtwaa ne ti ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kɔtwaa Yordan bɔnhwa no, nantee anadwo mu no nyinaa kɔeɛ. Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.” Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo. Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?” Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron. Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ ” Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene. Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan. Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa. Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ. Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no. Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie. Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu. Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade Onyankopɔn ka ne ho. Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ. Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree. Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia Elisama, Eliada ne Elifelet. Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wɔbɛnya no akye no. Na Dawid teeɛ no, ɔno nso kɔɔ ne banbɔeɛm. Afei, Filistifoɔ no bɛduruu Refaim bɔnhwa mu, na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ho mu wɔ hɔ. Enti, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Wobɛdane wɔn ahyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, kɔ na mɛdane Filistifoɔ no ahyɛ wo nsa.” Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “ Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim. Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ. Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho, enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.” Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser. Na Dawid boaboaa akodɔm sononko ɔpeduasa ano. Ɔdii wɔn anim firi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka a ɛkura Awurade Otumfoɔ no a wɔde no asi Kerubim ntam no din. Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu. Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu. Na wɔduruu Nakon ayuporobea no, nantwie no nan totoeɛ, maa Usa tenee ne nsa sɔɔ Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔretene no. Na Awurade bo fuu Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no, maa ɔwu daa adaka no ho. Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ. Afei, na Dawid suro Awurade enti ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi de Awurade adaka no aba me nkyɛn, na mahwɛ so?” Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie. Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fiefoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa, na Awurade hyiraa no ne ne fidua mu nnipa nyinaa. Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Esiane Awurade Adaka no enti, Awurade ahyira Obed-Edom fie ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛseɛ baa Dawid Kuropɔn no mu. Nnipa a Awurade Adaka no so wɔn no tuu anammɔn nsia pɛ, wɔgyinaa hɔ twɛneeɛ, sɛdeɛ Dawid bɛtumi de nantwie ne nantwie ba a wadɔre sradeɛ abɔ afɔdeɛ. Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu. Enti, Dawid ne Israel nyinaa de nteateam ne ntotorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔɔeɛ. Ɛberɛ a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ Awurade anim no, nʼani annye. Wɔde Awurade Adaka no kɔsii nʼafa wɔ ntomadan a ɛno enti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade anim. Ɔwieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade Otumfoɔ din mu. Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu nnipa biara burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fie. Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.” Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ Awurade a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.” Na Saulo babaa Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa. Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no, Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.” Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.” Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so sɛ, “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ sɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa? Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ. Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?” ’ “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so. Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam. “ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie. Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase. Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ. Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no. Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’ ” Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid. Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ? Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ? “Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ. “Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ. Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn. “Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka sɛ, ‘ Awurade Otumfoɔ yɛ Israel so Onyankopɔn.’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wɔ wʼanim. “Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me. Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho bɔ. Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira.” Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no. Dawid sane dii Moabfoɔ so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no. Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den. Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ. Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu. Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkuro no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔɔeɛ. Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser akodɔm no ase pasaa no, ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ. Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso. Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu. Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no. Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie. Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. Yehoiada babarima Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ so, ɛnna Dawid mmammarima tua asɔfodɔm ano. Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, mene Siba no.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.” Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.” Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no. Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.” Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.” Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa sɛ, “Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?” Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no. Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa sɛ, “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so.” Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛ deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba. Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ. Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie hɔ. Akyire no, Amonhene Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no, Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?” Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ. Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri sɛ, wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena Yeriko kɔsi sɛ mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba.” Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu. Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no wɔ mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no. Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ. Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfoɔ no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.” Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ. Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem. Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no. Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso. Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so. Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ. Osutɔberɛ a ɛdi soɔ no mu, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel akodɔm nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ. Wɔkɔtuaa kuropɔn Raba, na Dawid deɛ, ɔkaa Yerusalem. Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi sɛ ɔredware. Na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie, na Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa sɛ, “Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.” Na Dawid tuu abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no daeɛ. (Ɔdwiraa ne ho firii ne nsabuo mu no, na ɛnkyɛreɛ.) Afei, ɔsane kɔɔ efie. Ɛberɛ a Batseba hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa Hetini Uria brɛ me.” Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so. Na ɔka kyerɛɛ Uria sɛ, “Kɔ efie na kɔhome.” Na mpo, Uria firii ahemfie hɔ no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no. Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano. Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ hɔ ɛnnora anadwo?” Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ. Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio. Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.” Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim sɛ atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko. Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree. Na Yoab de ɔsa mu amaneɛ kɔbɔɔ Dawid. Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. Nanso, ebia ne bo bɛfu, ama wabisa sɛ, ‘Adɛn enti na akodɔm no kɔbɛn kuro no pɛɛ saa? Na wɔnnim sɛ wɔbɛto agyan afiri afasuo no mu? Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no sɛ, wɔakum Hetini Uria nso.” Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka. Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano. Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.” Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.” Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no. Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani. Awurade somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani. Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree, ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no. “Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.” Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo. Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.” Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase. Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri sɛ, woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’ “Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu. Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.” Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buaa sɛ, “ Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.” Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden. Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim. Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.” Na Dawid hunuu sɛ nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abɔfra no awu. Ɔbisaa sɛ, “Abɔfra no awu anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, wawu.” Na Dawid sɔre firii fam hɔ. Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ Awurade efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ. Nʼafotufoɔ no bisaa no sɛ, “Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!” Ɔbuaa sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee sɛ, ‘Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.’ Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ sɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da.” Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. Awurade pɛɛ abɔfra no asɛm, na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so sɛ, ɛsɛ sɛ abɔfra no din yɛ Yedidia, ɛfiri sɛ na Awurade dɔ no. Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so. Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie. Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene sɛ ɛbɛyɛ me dea.” Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu. Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem. Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabaa bi a na ne ho yɛ fɛ yie. Na saa ɔbaa no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no. Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee. Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.” Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.” Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.” Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no. Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no. Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ sɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ!” Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ. Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar sɛ, “Fa aduane no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti, Tamar maa so de kɔɔ hɔ. Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ.” Na Tamar teaam sɛ, “Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ wɔ Israel. Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.” Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa. Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm!” Tamar nso teateaam sɛ, “Dabi. Sɛ worepam me afiri ha seesei no yɛ bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no.” Nanso, Amnon ampɛ sɛ ɔbɛtie no. Ɔteaam frɛɛ ne ɔsomfoɔ hyɛɛ no sɛ, “Pam saa ɔbaa yi firi ha, na to ɛpono no mu!” Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ wɔ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no. Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so. Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie. Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie. Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase. Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ. Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?” Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ. Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?” Nanso, ɔhyɛɛ no enti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho. Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.” Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ. Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom sɛ, “Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.” Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara. Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.” Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane. Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ sɛ, “Mahunu sɛ ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu hɔ no so reba.” Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no.” Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ. Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn. Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfeɛ mmiɛnsa. Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom. Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom. Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no. Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ. Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako. Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.” Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ efie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.” Ɔkaa sɛ, “Ao, me wura, meda wo ase. Na sɛ mmoa a woaboa me yi enti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no.” Ɔhene no kaa sɛ, “Mma yei nha wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu sɛ, obiara nwiinwii wɔ ho bio.” Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio.” Ɔhene no nso kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka.” Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.” Ɔbuaa sɛ, “Kɔ so kasa.” Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie. Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. “Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me, na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’ “Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ ” Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.” Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?” Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ.” Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.” Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.” Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi sɛ, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti, Absalom anhunu ɔhene no. Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa. Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka. Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da. Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?” Na Absalom buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ wokɔbisa ɔhene ma me sɛ, adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ sɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, sɛ anka metenaa me dada mu hɔ ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na sɛ medi fɔ wɔ biribi ho a, ɔtumi kum me.” Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano. Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim. Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie. Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.” Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu. Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa. Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no. Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’ ” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’ ” Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee. Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den. Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.” Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.” Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.” Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho. Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.” Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.” Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.” Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.” Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ. Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no. Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!” Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no. Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.” Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu. Dawid sianee bepɔ no pɛ na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔ wɔn so. Ɔhene no bisaa Siba sɛ, “Na yeinom nso ɛ?” Na Siba buaa sɛ, “Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom.” Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa sɛ, ‘Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’ ” Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.” Siba buaa sɛ, “Meda wo ase awura. Ɛberɛ biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. Ɔpaa Dawid ne ne mpanimfoɔ ne akodɔm a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa aboɔ. Ɔteaam guu Dawid so sɛ, “Firi hanom kɔ! Mogyapɛfoɔ a ɔte sɛ woɔ! Ɔsansani! Awurade atua wo ka sɛ wohwiee Saulo ne ne fiefoɔ mogya guiɛ. Wowiaa nʼahennwa, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa aduro, wo mogyapɛfoɔ.” Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.” Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no sɛ, ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnnyae?” Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa. Ebia, Awurade bɛhunu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka.” Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome. Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!” Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?” Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, hwan na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.” Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel sɛ, “Ɛdeɛn bio na menyɛ?” Ahitofel buaa no sɛ, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri sɛ, wagya wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfie hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu sɛ, woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ. Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom. Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mɛyi akodɔm mpem dumienu, na mafiri ha anadwo yi akɔtaa Dawid so. Mɛto no wɔ ɛberɛ a wabrɛ na nʼaba mu abu. Ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛbɔ hu na wɔadwane. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ kɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara.” Saa nhyehyɛeɛ yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani. Nanso, Absalom kaa sɛ, “Momfrɛ Husai a ɔfiri Arki no mmra na yɛntie deɛ ɔwɔ ka.” Husai baeɛ no, Absalom kaa deɛ Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei ɔbisaa no sɛ, “Wʼadwene ne sɛn? Yɛmfa Ahitofel afotuo no anaa? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.” Husai buaa Absalom sɛ, “Mʼadwene ne sɛ saa ɛberɛ yi deɛ Ahitofel ayɛ mfomsoɔ. Wonim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ. Saa ɛberɛ yi, wɔn ani abre sɛ sisire a wɔawia ne mma wɔ wiram. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodie mu. Ɔne nʼakodɔm no rentena anadwo yi. Sɛ merekasa yi, wakɔtɛ ɔbodan bi mu anaa baabi foforɔ. Na sɛ ɔdi ɛkan to hyɛ mo so na mo mu kakra bi mpo totɔ a, ehu bɛtɔ wo dɔm no so na obiara bɛteam sɛ wɔrekunkum wo dɔm no. Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a nʼakoma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofoɔ, na wɔn a wɔka ne ho no nso bo yɛ duru. “Enti, metu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba. Woyɛ saa a wobɛnya akodɔm a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea. Na megye medi sɛ wʼankasa bɛdi akodɔm no anim. Na sɛ yɛhunu Dawid a, yɛbɛto ahyɛ no so, sɛdeɛ bosuo gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. Na sɛ Dawid adwane kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel akodɔm nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yɛbɛtumi afa ntampehoma de atwe kuro no afasuo, akɔgu bɔnhwa a ɛbɛn mu, kɔsi sɛ ɛboɔ biara a ɛwɔ mu no bɛyam.” Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa sɛ, “Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no.” Ɛfiri sɛ, Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so. Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no sɛ, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ ɔtwa kɔ ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu.” Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu. Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te sɛ deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu sɛ nnipa hyɛ abura no mu. Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem. Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya. Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu. Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan. Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba. Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so. Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas a ɔfiri Raba babarima Sobi Amonni no, kyeaa no fɛ so. Saa ara na Amiel a ɔfiri Lo-debar babarima Makir ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim nso gyee no fɛ so. Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atokoɔ, asikyiresiam, nkyeweɛ, asɛ ne asɛdua, ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyene mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na wɔkaa sɛ, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɛkɔm ne sukɔm de mo ɛfiri sɛ moanante ɛkwan tenten wɔ ɛserɛ so.” Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim. Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Me ne mo na ɛrekɔ.” Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.” Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.” Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no. Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no. Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu. Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa. Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu wɔ akofena ano no. Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem. Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.” Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.” Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’ Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.” Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no. Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa. Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie. Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ. Na Sadok babarima Ahimaas kaa sɛ, “Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ sɛ, Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam.” Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.” Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ. Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.” Nanso, Yoab bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara.” Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho. Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba. Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa sɛ, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe. Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.” Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔdi ɛkan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.” Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara yɛ!” Ɔkotoo wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa sɛ, “Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.” Ɔhene bisaa sɛ, “Na aberanteɛ, Absalom ho yɛ anaa?” Ahimaas buaa sɛ, “Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie.” Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee. Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.” Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.” Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!” Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn sɛ ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ wɔ Absalom ho. Ɛberɛ a akodɔm no tee ɔhene no awerɛhoɔ a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdie mu anigyeɛ a na wɔwɔ mu saa da no danee awerɛhoɔ. Wɔwiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu sɛdeɛ wɔn a wɔadi nkoguo de aniwuo dwane firi ɔko mu. Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo sɛ, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!” Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te sɛ deɛ yɛayɛ bɔne bi. Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. Afei, firi kɔ seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ Awurade din, ka ntam sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no.” Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu. Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka sɛ, “Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu. Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.” Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase. Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?” Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa sɛ, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.” Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no sɛ nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim sɛ, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.” Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafoɔ bɛhyiaa no sɛ wɔde no retwa asuo no. Gera a ɔyɛ Benyaminni a ɔfiri Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kɔhyiaa ɔhene Dawid. Ɔrekɔ no, na Benyaminfoɔ apem ka ne ho a, na Siba a na ɔyɛ Saulo fidua mu soodoni, ne ne mmammarima dunum ne nʼasomfoɔ aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no ɛkan kɔduruu Yordan hɔ. Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn wɔ ɛkwan biara a wɔbɛtumi so. Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim. Ɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae amumuyɛsɛm a meyɛeɛ ɛberɛ a wofirii Yerusalem. Mahunu bɔne a mayɛ, enti na madi ɛkan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebɛkyea wo yi.” Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ Awurade asra no no.” Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!” Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.” Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii sɛ ɔhene baa asomdwoeɛ mu no. Ɔhene no bisaa no sɛ, “Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa sɛ, ‘hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.’ Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ. Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ sɛ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔ wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ sɛ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?” Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.” Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛdɔɔ me so sɛ me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.” Gileadni Barsilai nso firi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. Na Barsilai abɔ akɔkoraa a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi diiɛ ɛberɛ a na ɔte Mahanaim no. Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai sɛ, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.” Nanso, Barsilai buaa ɔhene sɛ, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. Animuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana bɛtwa asuo no. Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu wɔ me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.” Ɔhene no gye too mu kaa sɛ, “Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no.” Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom. Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no. Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?” Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.” Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?” Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no. Ntɔkwapɛni bi a wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ɔfiri Benyamin babarima, hyɛnee totorobɛnto teaam sɛ, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!” Enti, Israel mmarima gyaa Dawid hɔ, kɔdii Seba akyi. Nanso, Yuda mmarima no deɛ, wɔtenaa wɔn ɔhene nkyɛn, na wɔwowaa no firi Asubɔnten Yordan ho, kɔsii Yerusalem. Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafoɔ, kɔsii ne wuda. Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda akodɔm ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa ɛberɛ no mu. Enti, Amasa kɔbɔɔ akodɔm no amaneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no. Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene sɛ deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa wɔ abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no.” Enti, Abisai ne Yoab yiyii awɛmfoɔ a wɔdi mu firii Yoab akodɔm ne ɔhene no ankasa deɛ mu de tii Seba. Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu. Yoab bisaa no sɛ, “Me nua, wo ho te sɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, sɛ deɛ ɔrefe nʼano. Amasa anhunu sɛ akofena no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de akofena no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab bɛtia ne so koraa, na Amasa wuiɛ. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaa no hɔ, toaa so tii Bikri babarima Seba. Yoab akodɔm no mu aberanteɛ a ɔyɛ panin wɔ akodɔm no so no mu baako teaam kyerɛɛ Amasa akodɔm no sɛ, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ɔmmɛdi Yoab akyi.” Amasa daa ne mogyabura mu, wɔ ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu sɛ akodɔm no aduru hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so. Wɔyii Amasa firii ɛkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba. Saa ɛberɛ no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fiefoɔ Bikrifoɔ ano wɔ Abel-Bet-Maaka. Yoab akodɔm no duruu hɔ no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie wɔ kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ sɛ wɔdwiri guo. Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu sɛ, “Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ, ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.” Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Ɔbuaa sɛ, “Aane.” Ɔkaa sɛ, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Ɔbuaa sɛ, “Meretie.” Ɔkaa sɛ, “Tete no, na yɛka sɛ ‘Yɛrekɔpɛ afotuo wɔ Abel.’ Yɛpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kuro a adi nokorɛ wɔ Israel. Adɛn enti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?” Yoab buaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn. Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.” Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem. Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin. Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm. Na Sewa yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfoɔ. Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid ɔsɔfoɔ. Dawid ahennie so no, ɛkɔm baa asase no so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid bisaa Awurade ɛkɔm no ho asɛm. Na Awurade kaa sɛ, “Esiane ɛfɔ a Saulo ne ne fiefoɔ di wɔ kunkum a wɔkunkumm Gibeonfoɔ no ho enti na ɛkɔm saa aba no.” Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam sɛ, wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio.” Gibeonfoɔ no buaa sɛ, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wɔbɛkunkum Israelfoɔ aweretɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ so bisaa wɔn sɛ, “Enti, ɛdeɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.” Na wɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara wɔ Israel. Enti, wɔnyi Saulo mmammarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yɛbɛkum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔ no so.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ. Mɛyɛ.” Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no enti. Nanso, ɔde Saulo mmammarima baanu a na wɔn edin de Armoni ne Mefiboset a na wɔn maame Rispa no yɛ Aia babaa maa wɔn. Ɔsane de Saulo babaa Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ɔfiri Mehola no yere mmammarima baanum no maeɛ. Na Gibeon mmarima no kunkumm wɔn wɔ bepɔ no so wɔ Awurade anim. Enti, nnipa baason no nyinaa, wɔkunkumm wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrefiri atokotwa afahyɛ no ase no. Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu maame no de ayitoma sɛɛ ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwaberɛ no nyinaa mu. Wamma apete ammɛtete wɔn amu no awiaberɛ mu, na anadwo nso, ɔsii nkekaboa ho kwan. Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, ɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔfiri Yabes Gilead nkyɛn, kɔbisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Ɛberɛ a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ koeɛ no ano no, Yabes Gileadfoɔ na wɔkɔtasee wɔn amu Filistifoɔ kuro Bet-San abɔntene so.) Enti, Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe baeɛ. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfoɔ kunkumm wɔn no nnompe baeɛ. Ɔsiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kuro Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɛkɔm no so wɔ Israel asase so. Bio, Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na ɛberɛ a ɔko no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, Dawid tɔɔ baha. Na Yisbi-Benob yɛ abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no. Nanso, Seruia babarima Abisai bɛgyee Dawid, na ɔkumm Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam sɛ, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio. Anyɛ saa a, Israel kanea bɛdum.” Yei akyi, ɔko foforɔ ba de tiaa Filistifoɔ no wɔ Gob. Wɔgu so reko no, Sibekai a ɔfiri Husan, kumm Saf a na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi. Ɔko foforɔ bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem kumm Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne pea nsa mu duru bɛyɛ sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Ɔko bi a ɛsii bio wɔ Gat nso, ɔbarima tetetuo bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abrane no aseni no pɛɛ sɛ ɔbu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nua Simea babarima Yonatan na ɔkumm no. Saa Filistifoɔ abrane baanan yi yɛ Gat abrane no asefoɔ. Na Dawid ne nʼakofoɔ na wɔkunkumm wɔn nyinaa. Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ. Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie: “ Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa; me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu. “Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so. Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. “Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom. Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ; ɔsoro fapem wosoeɛ; wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti. Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom; na egyasramma dɛre firii mu. Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase. Ɔte Kerubim so tuiɛ; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ, ɔde osuo omununkum dii nʼanim ɛkan. Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa firi mu. Awurade bobɔɔ mu firi soro; Ɔsorosoroni no teaam denden. Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ; anyinam dwaeɛ ma wɔyɛɛ basaa. Awurade kasaeɛ, na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ. Wɔtumi hunuu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ. “Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me. Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me. Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho. “ Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so; Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne. Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfirii ne nhyehyɛeɛ ho. Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afiri bɔne ho. Awurade tuaa me papayɛ so ka, ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim. “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu. Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn. Wogye ahobrɛasefoɔ, nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase. Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, Awurade woma me sum dane hann. Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. “Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn? Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ. Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea. Ɔsiesie me ma ɔko; na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua. Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ. Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri. “Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo. Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ me nan ase. Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase. Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa. Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn. Wɔsu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so. Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo; mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira. “Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ; na nnipa a mennim wɔn som me. Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me. Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba. “ Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so. Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere; ɔka amanaman no hyɛ mʼase na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru, wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam. Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa; na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin. “Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.” Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa, na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no, ne nnwomsiaani papa bi nie: “ Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so. Israel Onyankopɔn kasaeɛ, Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu, na ɔde Nyamesuro di ɔhene no, ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ; ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ, na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’ “Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi. Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano. Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa. Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo, ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu. Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.” Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu. Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane. Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no. Deɛ ɔdi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ, nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim. Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem. Dawid daa nʼakɔnnɔ adi sɛ, “Ao, sɛ menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano hɔ no bi a, mɛnom.” Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim. Ɔteaam sɛ, “ Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya.” Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie. Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. Abisai na ɔgyee edin pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne sɛ, ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no. Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no. Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene. Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan; Sama a ɔfiri Harod; Elika a ɔfiri Harod; Heles a ɔfiri Palti; Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima; Abieser a ɔfiri Anatot; Sibekai a ɔfiri Husa; Salmon a ɔfiri Ahoa; Maharai a ɔfiri Netofa; Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima; Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima; Benaia a ɔfiri Piraton; Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas; Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ɔfiri Bahurim; Eliahba a ɔfiri Saalbon; Yaasen mmammarima; Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima; Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima; Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima; Hesro a ɔfiri Karmel; Paarai a ɔfiri Arba; Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima; Bani a ɔfiri Gad; Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ); Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri; Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson. Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.” Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.” Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “ Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?” Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ. Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem. Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so wɔ Israel no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso wɔ Yuda. Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.” Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ: “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ ” Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.” Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.” Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ. Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ! Gyae.” Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.” Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.” Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam. Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?” Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.” Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so. Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ sɛ, Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi.” Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum (575) de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no. Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ hɔ. Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee. Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa. Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.” Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara. Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa sɛ ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo sɛ ɔbɛbisa no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi wɔ awoɔ mu. Adoniya gyee Seruia babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ. Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ. Nanso, wamfrɛ odiyifoɔ Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho banbɔfoɔ anaa ne nuabarima Salomo. Na odiyifoɔ Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo maame no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wonim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho ɔhene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? Sɛ wopɛ sɛ wonya wo tiri didi mu, na wogye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotuo yi. Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi ɔbɛdi wʼadeɛ sɛ ɔhene, na watena wʼahennwa no so? Na adɛn enti na Adoniya ayɛ ɔhene?’ Na ɛberɛ a wɔgu so ne no rekasa no, mɛba abɛsi asɛm biara a woaka no so dua.” Na Batseba kɔɔ ɔhene piam. Afei, na wabɔ akɔkoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. Batseba kotoo no, na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” Ɔbuaa no sɛ, “Me wura, wogyina Awurade, wo Onyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na ɔbɛdi wʼadeɛ, na watena wʼahennwa so. Nanso, ɛwiee aseɛ no, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforɔ a mpo, wonnim ho hwee. Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi. Na, me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn deɛ wobɛkyerɛ sɛ ɔnni wʼadeɛ sɛ ɔhene. Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wonya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ awudifoɔ.” Ɔgu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifoɔ Natan bɛduruu hɔ. Ɔhene afotufoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Odiyifoɔ Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ɔhunu woɔ.” Natan kɔɔ mu kɔkotoo ɔhene no. Ɔbisaa sɛ, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na ɔnni wʼadeɛ, na ɔntena wʼahennwa so anaa? Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ Na me a meyɛ wo ɔsomfoɔ no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. Ɛyɛ nokorɛ sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfoɔ no mu biara ante onipa a ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no ho hwee?” Dawid kaa sɛ, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim bɛgyinaa hɔ. Na ɔhene hyɛɛ bɔ sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, ɛnnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na ɔbɛdi adeɛ sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahennwa so, sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, anim no.” Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam sɛ, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!” Na ɔhene Dawid hyɛɛ sɛ, “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no, ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Salomo ne me mpanimfoɔ no nkɔ Gihon asutire no ho. Salomo ntena mʼafunumpɔnkɔ so. Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn totorobɛnto, na monteateam sɛ, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ Na sɛ mosane de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahennwa so. Ɔbɛdi mʼadeɛ sɛ ɔhene, ɛfiri sɛ, mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.” Yehoiada babarima Benaia gyee so sɛ, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Onyankopɔn no mmara no mmra mu saa. Na Awurade nka Salomo ho sɛdeɛ ɔkaa wo ho no, na Salomo ahennie nyɛ yie nkyɛn wo deɛ no mpo.” Enti, ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho banbɔfoɔ faa Salomo de no kɔɔ Gihon asutire no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afunumpɔnkɔ so. Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok faa ngotoa firii ntomadan kronkron mu hɔ bɛhwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn totorobɛnto maa nnipa no nyinaa teateaam sɛ, “Ɔhene Salomo nkwa so!” Na nnipa no nyinaa sane ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurisie. Na anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne nteateam no ano yɛɛ den ara kɔsii sɛ, wɔn nne no wosoo asase. Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa sɛ, “Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?” Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra mu, ɛfiri sɛ, woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.” Yonatan buaa sɛ, “Dabi! Seesei ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho banbɔfoɔ rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asutire ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afunumpɔnkɔ so, ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no. Afei, seesei, Salomo te ahennwa so sɛ ɔhene. Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no amo, kaa sɛ, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahennie nhyeta nkyɛn wo deɛ no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛseɛ nsene wo deɛ no!’ Na ɔhene sii ne tiri ase yii Awurade ayɛ, ɛberɛ a na ɔda ne mpa mu, na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɛnnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahennwa so wɔ ɛberɛ a mete ase, na mehunu deɛ ɛrekɔ so nyinaa.’ ” Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti ɔdwane kɔɔ ntomadan kronkron no mu kɔsosɔɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so no mu. Ankyɛre na Salomo tee sɛ Adoniya akɔsosɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so, na ɔresrɛ sɛ, “Momma Salomo nsuae nkyerɛ ɛnnɛ yi ara, na wankum me!” Salomo buaa sɛ, “Sɛ ɔbɛdi me nokorɛ deɛ a, wɔrenha no. Na sɛ wanyɛ saa deɛ a, wɔbɛkum no.” Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie.” Dawid rebɛwuo no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ: “Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’ “Wonim sɛ Seruia babarima Yoab kumm mʼakodɔm asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Ɔkunkumm wɔn, hwiee wɔn mogya guiɛ asomdwoeɛ berɛ mu a ɛnyɛ ɔko berɛ mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔwomu a ɛbɔ nʼasene mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. Wo ne no nni, na mma no mmfa ne ti dwono nkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. “Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ. “Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no. Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa. Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie. Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne maame Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ asomdwoeɛ so.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.” Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.” Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa. Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.” Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.” Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.” Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.” Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so. Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.” Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.” Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara. Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.” Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkum no, na ɔkumm Adoniya. Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” Enti, Salomo worɔɔ Abiatar atadeɛ sɛ ɔsɔfoɔ, nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefoɔ ho no so. Ɛwom, ahyɛaseɛ no na ɔnni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya adɔnyɛ no. Ɛberɛ a Yoab tee Adoniya wuo no, ɔtuu mmirika kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu, na ɔkɔsosɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu. Ɛberɛ a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkɔkum no. Na Benaia kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ɔhene se firi adi.” Nanso, Yoab buaa sɛ, “Dabi, mɛwu wɔ ha.” Enti, Benaia sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no. Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so. Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee. Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!” Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab wɔ ne kurom wiram baabi. Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan. Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara. Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.” Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie. Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem. Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba. Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’ Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?” Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho. Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.” Na ɔhene no nhyɛ so, Yehoiada babarima Benaia faa Simei de no firii adi kɔkumm no. Enti ahemman no timiiɛ wɔ Salomo nsam. Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babaa. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom kɔsii sɛ ɔsii nʼahemfie, sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho ɔfasuo nso wieeɛ. Saa ɛberɛ no mu, na Israelfoɔ gu so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea, ɛfiri sɛ, na wɔnsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so. Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa Awurade, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso. Gibeon na na afɔrebukyia no mu atitire wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ apem wɔ afɔrebukyia so. Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.” Salomo kaa sɛ, “Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi wo nokorɛ, yɛ ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahennwa nso so. “Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma. Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn. Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?” Awurade ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee sɛ ɔbisaa nyansa. Enti, Awurade buaa sɛ, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti, mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da. Na deɛ woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne animuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ ewiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. Na sɛ wodi mʼakyi, na wodi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.” Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono. Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ. Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho. “Nanso, anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kumm no. Na ɔsɔree anadwo no faa me ba firii me nkyɛn ɛberɛ a mada. Ɔde ne ba a wawu no too mʼabasa so, na ɔfaa me deɛ no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdaeɛ. Adeɛ kyeeɛ a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufoɔ no, na wawu. Nanso, anim tetee kakra a mehwɛɛ abɔfra no yie no, mehunuu sɛ, ɛnyɛ me ba no koraa.” Ɛhɔ ara na ɔbaa baako no gyee hwanyan kaa sɛ, “Abɔfra a wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Ɛnna ɔbaa a ɔdi ɛkan no nso se, “Dabi, deɛ wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Enti, wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim. Ɔhene no kaa sɛ, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokorɛ yie. Mo baanu nyinaa, obiara se abɔfra a ɔnwuiɛ no yɛ ne dea, na abɔfra a wawuo no deɛ, ɔnyɛ obiara dea. “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mommrɛ me akofena.” Enti, wɔde akofena brɛɛ ɔhene no. Afei, ɔkaa sɛ, “Mompae abɔfra a ɔnwuiɛ no mu mmienu, na momfa ɛfa mma mmaa no mu biara.” Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!” Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!” Ɛhɔ na ɔhene no kaa sɛ, “Monnku no, na mmom, momfa abɔfra no mma ɔbaa a ɔpɛ sɛ abɔfra no tena ase no, na ɔno ne ne maame no.” Ɔhene yi atemmuo no trɛ faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nyansabun a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntenenee no ho. Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene. Na yeinom ne ne mpanimfoɔ: Sadok babarima Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ. Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene. Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ. Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so. Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so. Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu. Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so. Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so. Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so. Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat). Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so. Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho. Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim. Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.) Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot. Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar. Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin. Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so. Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ. Salomo dii ahemman nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa. Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa, anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre. Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo. Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu. Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu. Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ. Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea. Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum. Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso. Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi. Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafoɔ, enti ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ ɔnni nʼagya Dawid adeɛ no, ɔsomaa nʼasomafoɔ kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tiri nkwa. Salomo too saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Huram sɛ, “Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase. Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie. Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’ “Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.” Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa sɛ, “Ayɛyie nka Awurade ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, wama Dawid ɔba nyansafoɔ sɛ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so.” Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo. Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.” Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ. Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000. Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din. Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu kɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako wɔ Lebanon, na wadi abosome mmienu wɔ efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so. Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so. Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie. Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no. Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu yɛ anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum. Salomo yɛɛ ntokua wɔ ɔfasuo no soro hyiaeɛ. Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ. Na ɛyɛ aborɔsan a ɛtoa so mmiɛnsa a aseɛ dan no tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn nson ne fa. Aborɔsan a ɛtɔ so mmienu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron ɛnna apampam dan no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Wɔde mpunan a ɛgugu nnannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasuo no mu na aka adan no afomfam ɔfasuo no ho. Enti, ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpunan no anhyehyɛ ɔfasuo no ankasa mu. Na aboɔ a wɔde sii asɔredan no nso, wɔsiesiee ho wɔ abopaebea hɔ enti, ɛdan no sie no, obi ante hama, pɛeɛ anaa dadeɛ biara nnyegyeeɛ wɔ adansiiɛ hɔ. Na ɛkwan a wɔde kɔ aseɛ adan no mu no da Asɔredan no anafoɔ fam. Atwedeɛ kyinkyimiɛ na wɔforo kɔ ɛdan a ɛto so mmienu no so na foforɔ nso wɔ adan a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no ntam. Wɔwiee asɔredan no sie no, Salomo de nnua ne ntweneduro mpunan yɛɛ ani nsamsoɔ no. Sɛdeɛ wɔaka no, na adan wowɔ ɛdan no afanan nyinaa a wɔnam ntweneduro so de afam Asɔredan no afasuo no ho. Ɛdan no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson. Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo sɛ, “Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, sɛ woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.” Na Salomo wiee asɔredan no sie. Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so. Ɔtwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no tiri mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ atweeɛmu yɛ anammɔn aduasa a wɔde ntweneduro asam fam hɔ, de kɔsi ani nsameeɛ no so. Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduosia. Wɔde ntweneduro na ɛsam aboɔ afasuo a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wɔsenee nkoraa fɛfɛ ne nhwiren, de dii nsameeɛ no ani adwini. Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no bɛsi. Saa kronkron mu kronkron no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ amapa duraa nʼafasuo ne ne nsamsoɔ no ho nyinaa. Saa ara na ɔduraa afɔrebukyia a wɔde ntweneduro ayɛ no ho. Afei, asɔredan no mu nkaeɛ no, ɔde sikakɔkɔɔ amapa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɛkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban. Enti, ɔde sikakɔkɔɔ sam Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔrebukyia no nyinaa ho, de wieeɛ. Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngo dua senee Kerubim mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. Kerubim baako biara ataban mu trɛ yɛ anammɔn dunum a, ataban baako biara tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ a ɔbaako biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini. Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho. Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho. Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so. Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum. Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara wɔ twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. Ɔde pepeaa nnua yɛɛ apono mmienu a wɔbobɔ, na wɔsii ɛpono no biara ɛkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔ gu ɛno ara so. Saa apono yi, wɔde Kerubim, mmɛdua, ne nhwiren adi ho adwini, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. Wɔsii adihɔ hɔ afasuo no kwan bi so a ntweneduro nnua ntosoɔ baako wɔ aboɔ a wɔatwa ntotosoɔ mmiɛnsa biara so. Wɔtwaa Awurade Asɔredan fapem no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mfimfini a saa ɛberɛ no na Salomo adi ɔhene mfeɛ ɛnan no. Wɔwiee ɛdan no ho biribiara bosome Bul (bɛyɛ Obubuo) mfimfini no a na wadi ɔhene mfeɛ dubaako. Enti, mfeɛ nson na wɔde sii asɔredan no. Salomo sane sii ɔno ankasa nʼahemfie. Na mfirinhyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfie no sie. Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so. Na wɔabɔ ntweneduro nsamsoɔ a ɛtwere mpunan aduanan enum a ɛno nso gugu fadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenesoɔ mmiɛnsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenesoɔ baako biara mu. Afasuo no fa biara, mpomma sesa so mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu. Apono no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu. Ɔsii afadum asa a ne ntentenemu yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntwonoo a wɔakuru so wɔ animu a ɛsi afadum so. Na ahennwa asa a na wɔnim no sɛ atemmuo asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena, di nsɛm. Na wɔde ntweneduro asam firi fam, de kɔsi nsamsoɔ so. Baabi a na Salomo teɛ no twa asɛnniiɛ a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɛkwan korɔ no ara so na wɔfa de siiɛ. Ɔsii ne dan no sɛso de maa Farao babaa a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako. Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ yɛ den yie na wɔde sii saa adan no. Aboɔ a wɔde too ɛdan no fapem no ntentenemu yɛ anammɔn dunum, ɛnna ebi nso ntentenemu yɛ anammɔn dumienu. Aboɔ a ne boɔ yɛ den yie a wɔde sii afasuo no nso, na wɔasusu, atwa no pɛpɛɛpɛ a ntweneduro mpunan nso ka ho. Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te sɛ afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwonoo kwan ka ho. Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase sɛ ɔmfiri Tiro mmra, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo. Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa. Ntaasoɔ biara nso, wɔde atena a wɔanwono nson ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho. Na ɔyɛɛ ateaa nsɛso a ɛsesa so tee mmienu bebaree atena a wɔanwono no de siesiee aduntire a ɛwɔ afadum no atifi. Ntaasoɔ a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwonoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia. Ntaasoɔ biara a na ɛwɔ afadum mmienu no so no nso, na ateaa nsɛso ahanu a wɔahyehyɛ no tee tee mmienu atwa ho ahyia a, ɛbɛn kankonimu a ɛtoa atena a wɔanwono no so. Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim hɔ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ). Afadum no aduntire no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma. Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum. Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi. Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako. Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so. Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini. Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa, a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ. Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ hɔ, na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa nkron wɔ. Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa wɔ ade korɔ mu. Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu. Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so. Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho: afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no, ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no), nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ, Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ, Nkukuo, sofi ne dwaresɛn. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari. Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ, sikakɔkɔɔ kaneadua a ɛnnum sisi anafoɔ fam, na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ, nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuo ne mmusua biara mu ntuanofoɔ nyinaa, sɛ wɔnhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforɔ wɔ Asɔredan mu hɔ. Wɔn nyinaa bɛhyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirinhyia afahyɛ a wɔfrɛ no Dwanekɔbea Afahyɛ no ase wɔ bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) mu. Ɛberɛ a mpanimfoɔ no duruu Israel no, asɔfoɔ no maa Adaka no so. Afei, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ maa Awurade Adaka no ne Ntomadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔate ho no ka ho. Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim. Afei, asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no de kɔɔ Asɔredan no kronkron mu kronkron hɔ. Wɔde sii Kerubim no ntaban ase. Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. Na nnua a ɛsosɔ mu no woware ara kɔsi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛseɛ a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ɔhunu, nanso sɛ ɔgyina akyire deɛ a, ɔnhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na biribiara nni Adaka no mu ka aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb no, baabi a Awurade ne Israelfoɔ yɛɛ apam, ɛberɛ a wɔfirii Misraim no. Asɔfoɔ no refiri Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma. Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn dwumadie no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. Na Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, woaka sɛ wobɛtena omununkum kusuu mu. Nanso, masi Asɔredan a ɛwɔ animuonyam ama wo a wobɛtumi atena mu afebɔɔ.” Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so. Na ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, ‘Ɛfiri da a mede me nkurɔfoɔ Israel firi Misraim baeɛ no, mannyi kuro biara wɔ Israel mmusuakuo no mu a ɛsɛ sɛ wɔsi asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Nanso, seesei mayi Dawid sɛ ɔnni ɔhene wɔ me nkurɔfoɔ so.’ ” Na Salomo kaa sɛ, “Mʼagya pɛɛ sɛ anka ɔsi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi Asɔredan de hyɛ me din animuonyam, nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’ “Na seesei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, madi adeɛ sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.” Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia no anim wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛnni awieeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛdeɛ nso. Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu. “Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’ Enti afei, Ao, Israel Onyankopɔn, di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ, mʼagya Dawid no so. “Na ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so? Mpo, sɛ ɔsorosoro sua ma wo a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa Asɔredan a masi yi ho! Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Tie su a wo ɔsomfoɔ resu ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ akyerɛ wo ɛnnɛ. Wobɛhwɛ Asɔredan yi so awia ne anadwo; saa beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no. Wobɛtie mpaeɛ a mebɔ wɔ beaeɛ yi daa. Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ abisadeɛ a ɛfiri me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn, ɛberɛ a yɛrebɔ mpaeɛ wɔ beaeɛ ha no. Aane, tie yɛn firi soro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ. “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a, tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no. “Sɛ wɔdi wo nkurɔfoɔ Israel so, ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha a, ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. “Sɛ ɔsoro mu ato, na osuo ntɔ, ɛfiri sɛ, wo nkurɔfoɔ ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdane firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a, ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so. “Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no, na sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, tie firi soro, deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛyɛ ma wo nkurɔfoɔ ma wɔn, na wo nko ara na wonim onipa akoma mu. Na wɔbɛsuro wo, na wɔanante wʼakwan so, berɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom yi so no. “Na sɛ ananafoɔ te wo nka, na wɔfiri akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛseɛ no a, wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ wɔ saa asɔredan yi mu a, tie firi soro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahunu, na wɔasuro wo, sɛdeɛ wo ara wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ no. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so. “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ ma wɔpue, kɔko tia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ, srɛ Awurade fa saa kuro yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn, na woama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’ Na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa dane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpaeɛ ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kuro a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi a, ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛdeɛ ma wɔn, na fa wo nkurɔfoɔ a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼagyapadeɛ sononko a woyii wɔn firii Misraim dadenane fononoo mu. “Bue wʼani ma mʼabisadeɛ ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ abisadeɛ. Ɛberɛ biara a wɔbɛsu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim no, Ao, Otumfoɔ Awurade, woka kyerɛɛ wo ɔsomfoɔ Mose sɛ, woate Israel afiri aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapadeɛ sononko.” Ɛberɛ a Salomo wiee saa mpaeɛbɔ ne nʼabisadeɛ a ɔde danee Awurade yi no, ɔgyinaa Awurade afɔrebukyia anim, baabi a na ɔtaa bu nkotodwe, na ɔpagya ne nsa kyerɛ soro. Ɔgyinaa hɔ teaam, hyiraa Israelfoɔ no so sɛ, “Ayɛyie nka Awurade a wama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ɔhome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no. Ɛbɔ nwanwa a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu. Awurade, yɛn Onyankopɔn, nka yɛn ho sɛdeɛ ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennya yɛn da biara da. Ɔmma yɛnya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛdeɛ wɔ biribiara mu, na yɛnni mmara ne ahyɛdeɛ a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so. Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpaeɛ wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛtie me ne Israelfoɔ, na wayɛ deɛ ɛhia yɛn daa ama yɛn. Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforɔ biara nni hɔ. Na mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ no, nni Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nokorɛ daa. Monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so daa, sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi.” Na ɔhene no ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade. Salomo bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade. Saa ɛda no ara, ɔhene no daa Asɔredan no adihɔ no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no adi. Ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo sɛ ɛbɛtumi akora afɔrebɔdeɛ bebree. Na Salomo ne Israel nyinaa boom, dii Dwanekɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Onyankopɔn, anim. Nnipadɔm no firi Lebo Hamat wɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa wɔ anafoɔ fam, na wɔbaeɛ. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔrebukyia no adi, ɛnna wɔde mu nnanson nso dii Dwanekɔbea Afahyɛ no. Afahyɛ no twaam no, Salomo maa ɔmanfoɔ no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛ ne ahotɔ, ɛfiri sɛ, Awurade ne ne ɔsomfoɔ Dawid ne Israelfoɔ adi no yie. Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfie no sie no, ɔhunuu sɛ wayɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dada no. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaeɛbɔ ne wʼadesrɛ. Mate saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho. “Na wo, sɛ wode nokorɛ ne nyamesuro di mʼakyi, sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na ɔdii me mmara ne mʼahyɛdeɛ nyinaa so no a, mɛtim wʼahennie nnidisoɔ ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wʼagya Dawid sɛ, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi nntena Israel ahennwa no so da no.’ “Na sɛ wo anaa wo mmammarima dane firi me ho, na wɔbu me mmara ne mʼahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na sɛ wɔfiri akyire kɔsom anyame afoforɔ sɔre wɔn a, ɛnneɛ, mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a mate ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aseredeɛ wɔ nnipa nyinaa mu. Na ɛwom sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso, wɔn a wɔbɛtwam wɔ ho no bɛtwiri no, adi ho abooboo, abisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ Nnipa bɛbua sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔapa Awurade, wɔn Onyankopɔn, a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforɔ a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno enti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ” Mfeɛ aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfie no akyi, ɔhene Salomo de nkurotoɔ aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, ɛfiri sɛ, Huram maa no ntweneduro nnua ne pepeaa nnua ne sikakɔkɔɔ a na ɔhia. Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. Ɔbisaa sɛ, “Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!” Enti, ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Deɛ ɛnni mu” de bɛsi ɛnnɛ. Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo. Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii Awurade asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie: Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee hɔ faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no sɛ akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no. Enti, Salomo sane kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsane kyekyeree nkuro a ɛwɔ Bet-Horon anafoɔ, Baalat ne Tamar wɔ ɛserɛ so, nʼasase so. Ɔkyekyeree nkuro a na wɔkora nnuane wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼahemman nyinaa, sɛdeɛ nʼakoma pɛ. Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Wɔne Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefoɔ. Enti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfoɔ, na wɔda so yɛ de bɛsi ɛnnɛ. Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene. Afei, ɔyii wɔn mu ahanum ne aduonum maa wɔhwɛɛ ne nkɔso nnwuma ahodoɔ so. Ɛberɛ a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babaa no firii Dawid kuro no mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu no, ɔsii Milo. Afe biara mu, na Salomo bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade wɔ afɔrebukyia a ɔsiiɛ no so mprɛnsa. Na ɔhye aduhwam nso ma Awurade. Enti, ɔde wiee asɔredan no si. Akyire no, ɔhene Salomo yɛɛ ɛpo so ahyɛn wɔ Esion-Geber, hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mpoano. Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfoɔ a wɔnim hyɛn mu adwuma yie no, ne Salomo nkurɔfoɔ de ahyɛn no yɛɛ adwuma. Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsane de sikakɔkɔɔ tɔno 16 brɛɛ Salomo. Ɛberɛ a Sebahemmaa tee Salomo edin a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din animuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyie yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛeɛ. Ɔde nʼasomfoɔ a wɔdɔɔso yie kaa ne ho baa Yerusalem. Na nyoma a wɔsoso nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ ka wɔn ho. Ɛberɛ a ɔhyiaa Salomo no, wɔdwennwenee nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmaa ani so no ho. Wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ. Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no, ne ho dwirii no. Nnuane a ɔhunuu sɛ ɛsisi ne didipono so no yɛɛ no nwanwa. Sɛdeɛ na wahyehyɛ ne fie so ahwɛfoɔ no ne wɔn ntadeɛ papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛdeɛ nkuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwirie. Ɔhemmaa no firii ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nsɛm a metee wɔ me ɔman mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansabunu ho no nyinaa yɛ nokorɛ! Na mennye nni kɔsii sɛ mebɛduruu ha a mʼankasa mede mʼani abɛhunu yi. Nokorɛm, sɛɛ mannte asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔsoɔ no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa. Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu? Awurade, wo Onyankopɔn no yɛ kɛseɛ ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi Israel ahennwa so. Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo ɔhene sɛ wode atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛbu ɔman no.” Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔno 4 ne fa, nnuhwan bebree ne aboɔdemmoɔ. Obiara ammfa nnuhwam dodoɔ saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛdeɛ Sebahemmaa de bɛkyɛɛ no no. Nanso, ɛberɛ a Huram ahyɛn no firi Ofir de sikakɔkɔɔ baeɛ no, na samfona nnua bebree ne aboɔdemmoɔ ka ho. Ɔhene de samfona nnua no yɛɛ aforoeɛ wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfie no mu, ɛnna ɔde bi yɛɛ asankuo ne mmɛnta maa nnwomsiaafoɔ. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no ne saa ɛberɛ no akyi, na obiara mfaa samfona nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da. Biribiara a Sebahemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa deɛ amanneɛ enti, ɔnam ayamyɛ so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmaa ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn kurom. Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 25. Adwadeɛ a na ɔnya firi adwadifoɔ, Arabia ahemfo ne asase no so amradofoɔ no nkyɛn nka ho. Ɔhene Salomo maa wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro, yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram nson. Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu. Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho. Na ahennwa no wɔ atwedeɛ ntiasoɔ nsia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ agyata sɛso mmienu asisi hɔ. Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho. Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi. Na ɔhene no wɔ ɛpo so adwadihyɛn bebree a ɛne Huram deɛ no yɛ adwuma bɔ mu. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa ahyehyɛ wɔn ma. Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ. Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu. Ɔde emu fa kɛseɛ guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so ɛnna ɔmaa ebi nso kaa Yerusalem. Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so. Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia. Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo. Farao babaa no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafoɔ mmaa bebree a na wɔyɛ Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ. Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfoɔ sɛ, wɔne saa aman no nni awadeɛ, ɛfiri sɛ, mmaa a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso, Salomo waree wɔn ara. Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenafoɔ ahasa. Na ampa ara wɔtwee ne ɔkra firii Awurade ho. Ɛberɛ a Salomo bɔɔ akɔkoraa no, wɔtwee nʼakoma kɔɔ anyame afoforɔ so, na wamfa ne ho anto Awurade, ne Onyankopɔn so, sɛdeɛ nʼagya Dawid yɛeɛ no. Salomo dii Sidonfoɔ nyamebaa Astoret ne Amonfoɔ nyame Molek a na wɔkyiri no no akyi. Enti, Salomo yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wanni Awurade akyi, sɛdeɛ nʼagya Dawid yɛeɛ no. Salomo sii abosonnan maa Moabfoɔ nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwadeɛ, wɔ Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam, na ɔsii bi nso maa Amonfoɔ nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwadeɛ. Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhye nnuhwam, na wɔmmɔ afɔdeɛ mma wɔn anyame wɔ hɔ. Na Awurade bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ, nʼakoma adane afiri Awurade, Israel Onyankopɔn, a wada ne ho adi akyerɛ no mprenu no ho. Ɔbɔɔ Salomo kɔkɔ sɛ ɔnni anyame foforɔ akyi, nanso Salomo anni Awurade ahyɛdeɛ so. Enti, Awurade ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ woanni mʼapam so, na woapo me mmara enti, ampa ara, mɛte ahemman no afiri wo ho, na mede ama wʼasomfoɔ no mu baako. Nanso, ɛsiane wʼagya Dawid enti, merenyɛ saa ɛberɛ a wote ase. Mɛgye ahemman no afiri wo babarima nsam. Ɛno mpo, mɛma wadi abusuakuo baako so, ɛsiane me ɔsomfoɔ Dawid ne kuropɔn Yerusalem a mayi asi hɔ no enti.” Na Awurade pagyaa Edomni Hadad a na ɔfiri Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfoɔ ntia Salomo. Mfeɛ bi a atwam no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene no kɔɔ Edom kɔsiee Israelfoɔ bi a wɔtotɔɔ akono no. Ɛberɛ a wɔwɔ hɔ no, anka Israel akodɔm no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa. Yoab ne akodɔm no tenaa hɔ abosome nsia kunkumm wɔn. Nanso, Hadad ne nʼagya adehyeɛ ntuanofoɔ no mu kakra dwaneeɛ. (Saa ɛberɛ no na Hadad yɛ abɔfra ketewa bi.) Wɔdwane firii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduane ne asase. Farao pɛɛ Hadad asɛm yie, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmaa Tapanhes nuabaa. Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Genubat, na wɔtetee no fraa Farao mmammarima mu wɔ Farao ahemfie. Ɛberɛ a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ma mensane nkɔ mʼankasa me ɔman mu.” Farao bisaa no sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Ɛdeɛn ho na yɛadi wo hwammɔ a enti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɔbuaa sɛ, “Biribiara nkɔɔ bɔne, nanso kɔ ara na mepɛ sɛ mekɔ efie.” Onyankopɔn pagyaa Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfoɔ tiaa Salomo. Reson dwane firii ne wura ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba nkyɛn bɛyɛɛ adɔnyɛfoɔ panin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima dwane kɔɔ Damasko, kɔdii ɔhene wɔ hɔ. Reson bɛyɛɛ Israel ɔtamfoɔ kɛseɛ wɔ Salomo ahennie nkaeɛ no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefoɔ sɛdeɛ Hadad yɛeɛ no. Reson kɔɔ so tanee Israel dendeenden, na ɔtoaa so dii ɔhene wɔ Aram. Otuatefoɔ panin foforɔ bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanimfoɔ no mu baako. Na ɔfiri kuro Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne maame Senua a ɔyɛ okunafoɔ. Nʼatuateɛ no asekyerɛ nie: Na Salomo rekyekyere Milo, na ɔgu so resiesie nʼagya Dawid kuro no afasuo no, na Yeroboam yɛ nsiyɛfoɔ. Salomo hunuu no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔde no tuaa adwumayɛfoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase mmusuakuo mu no ano. Ɛda bi a Yeroboam refiri Yerusalem no, ɔhyiaa odiyifoɔ Ahiya, Siloni, wɔ ɛkwan so a ɔhyɛ atadeɛ foforɔ. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wiram hɔ. Ɛhɔ na Ahiya worɔɔ nʼatadeɛ foforɔ a na ɛhyɛ no no, tetee mu asinasini dumienu. Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ, “Fa asinasini yi mu edu, na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, reka: ‘Merebɛgye ahemman no afiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo no mu edu bɛma wo. Na ɛsiane me ɔsomfoɔ Dawid ne Yerusalem a mayi afiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu no enti, mɛgya no abusua baako. Ɛfiri sɛ, Salomo agya me hɔ, akɔsom Astoret a ɔyɛ Sidonfoɔ nyamebaa ne Kemos a ɔyɛ Moabfoɔ nyame ne Amonfoɔ nyame Molek. Wamfa mʼakwan so anyɛ deɛ ɛsɔ mʼani. Wanni me mmara ne mʼahyɛdeɛ so te sɛ nʼagya Dawid. “ ‘Nanso, merennye ahemman no nyinaa mfiri Salomo nsam saa ɛberɛ yi. Esiane me ɔsomfoɔ Dawid, deɛ meyii no no, na ɔtiee mʼahyɛdeɛ, dii me mmara so no enti, mɛma Salomo adi adeɛ mfeɛ a aka no wɔ ne nkwa mu. Na mɛgye ahemman no afiri ne babarima nsam, na mede mmusuakuo no mu edu ama wo. Ne babarima bɛnya abusuakuo baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me ɔsomfoɔ Dawid asefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene wɔ Yerusalem, kuro a mayi sɛ me din nna so no. Na mede wo bɛsi Israel ahennwa no so, na wobɛdi adeɛ no sɛdeɛ wʼankasa wʼakoma pɛ. Sɛ wotie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonante mʼakwan mu, na woyɛ deɛ medwene sɛ ɛyɛ, na wotie me mmara, di mʼahyɛdeɛ so, sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ, daa mɛka wo ho. Mɛtim wo fie adedie ase, sɛdeɛ meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo. Nanso, ɛsiane Salomo bɔne a wayɛ enti, mɛtwe Dawid asefoɔ aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’ ” Salomo pɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam, nanso ɔdwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn, kɔsii sɛ Salomo wuiɛ. Na Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nyansa no deɛ, wɔatwerɛ wɔ Salomo Ho Nsɛm Nwoma no mu. Salomo dii ɔhene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirinhyia aduanan. Ɛberɛ a Salomo wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene. Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ ɔdwane firii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. Enti, Israel mpanimfoɔ soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasaeɛ sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.” Rehoboam buaa sɛ, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmɛgye me mmuaeɛ.” Enti, nnipa no sane kɔeɛ. Na ɔhene Rehoboam ne ne mpanimfoɔ a wɔsom nʼagya Salomo ɛberɛ a ɔte ase no tuu asɛm no ho agyina. Ɔbisaa mpanimfoɔ no sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Sɛ ɛnnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfoɔ ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuaeɛ pa a, ɛnneɛ, daa wɔbɛsom wo nokorɛ mu.” Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?” Nʼatipɛnfoɔ mmabunu buaa no sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’ Aane, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.” Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Ɔhene no buaa nnipa no abufuo so. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo no; ɔfaa mmabunu no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.” Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. Ɛberɛ a Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fie so!” Enti, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn fie. Na Rehoboam toaa so dii Israelfoɔ a wɔtenaa Yuda nkuro so no nyinaa so ɔhene. Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔtua adwumayɛfoɔ ano no sɛ ɔnkɔhwɛ, na asomdwoeɛ mmra, nanso Israel nyinaa sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm yi no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni bɛdi wɔn so, de bɛsi ɛnnɛ. Ɛberɛ a Israelfoɔ tee sɛ Yeroboam firi Misraim asane aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Enti, Yuda abusuakuo no nko ara na wɔkaeɛ, somm Dawid fie nokorɛ mu. Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm ano. Ɔyii akofoɔ mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wɔafa ahemman no adi so. Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Benyamin sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, Mo ne mo nuanom Israelfoɔ nntwa mo ho nko. Monsane nkɔ mo akyi, na deɛ asi no nyinaa firi me!’ ” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, sane kɔɔ wɔn fie sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. Yeroboam kyekyeree Sekem kuro wɔ Efraim bepɔ asase so, ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyire yi, ɔkɔkyekyeree kuro Penuel. Yeroboam dwenee ho dinn, see nʼakomam sɛ, “Sɛ manhwɛ yie a, ahemman no bɛsane akɔ Dawid fiefoɔ adedifoɔ nsam. Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wɔbɛkum me, de ɔno mmom asi wɔn so ɔhene.” Enti, ɔtiee deɛ nʼafotufoɔ ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwie mma mmienu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno enti, Israel, yeinom ne anyame a wɔyii mo firii Misraim!” Ɔde nantwie mma ahoni yi sisii Israel anafoɔ ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan. Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, ɛfiri sɛ, nnipa no somm ahoni no, a na mpo wɔtwa ɛkwan kɔ Dan. Yeroboam sisii abosonnan wɔ nkokoɔ so, na ɔpaa asɔfoɔ firii nnipa no mu a na wɔmfiri Lewi asɔfoɔ abusua mu. Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wɔdi saa nna no Bul bosome (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Dwanekɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔdeɛ maa anantwie mma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso, na ɔpaa asɔfoɔ, maa abosomfie a ɔsisiiɛ no. Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔrebukyia no so kɔhyee aduhwam. Awurade hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu hɔ ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ. Na ɔfiri Awurade ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no sɛ, “Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’ ” Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu.” Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee. Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam Awurade ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no. Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.” Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha. Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi burodo anaa wonom nsuo wɔ hɔ. Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, sɛ ɔrekɔ efie. Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no. Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.” Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.” Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha. Awurade hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’ ” Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’ ” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no. Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee wɔ ne fie. Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so. Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so sɛ, “Sei na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo sɛ nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom damena mu.” Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no, na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te hɔ. Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni Awurade ahyɛdeɛ so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no.” Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no. Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so. Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no. Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!” Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu.” Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ. Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ. Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden. Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo. Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.” Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ. Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.” Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. Fa saa nkra yi a ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam sɛ, ‘Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te sɛ me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane sɛ woadane wʼakyi akyerɛ me enti, mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no. Me, Awurade, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’ ” Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere sɛ, “Kɔ efie, na sɛ wowura kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu. Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na Awurade, Israel Onyankopɔn, hunu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu. Na Awurade bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu. Na Awurade bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo. Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.” Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ. Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no. Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu. Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene wɔ Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, kuro a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuo no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni. Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuu wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo. Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia wɔ bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a Awurade pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no. Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so. Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho. Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa sɛ wɔnhwɛ so. Ɛberɛ biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ bi, na sɛ ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu. Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase sɛ ɔhene wɔ Yuda. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa. Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem. Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara. Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa. Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa. Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu. Ɛwom sɛ wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa Awurade Asɔredan no baeɛ. Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so. Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho. “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.” Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no. Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu. Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no. Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no. Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ. Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo. Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam. Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan. Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no. Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, “Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo. Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ. Wɔn a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no deɛ, nkraman bɛwe wɔn ɛnam. Na ewiem nnomaa na wɔbɛsosɔ wɔn a wɔbɛwuwu wiram no.” Na Baasa adedie ne ɛho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mpontuo no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie. Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu. Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa. Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so. Ɛhɔ ara, Simri kunkumm Baasa adehyeɛ abusua no mu nnipa nyinaa a wannya abarimaa baako koraa. Mpo, ɔkunkumm ne ntɛtɛbusuafoɔ ne ne nnamfonom. Simri sɛee Baasa ahennie nnidisoɔ no, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Yehu so ahyɛ no. Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo. Ela ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Simri tenaa Tirsa dii adeɛ Israel, ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nson mu, nanso ɔdii adeɛ nnanson pɛ. Ɛberɛ a Israel akodɔm a na wɔrekɔto ahyɛ Filistifoɔ kuro Gibeton so no tee sɛ Simri akum ɔhene no, wɔyii ɔsahene Omri de no dii adeɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Enti, Omri dii Israel akodɔm anim, firi Gibeton kɔtuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkuro no. Ɛberɛ a Simri hunuu sɛ wɔafa kuro no, ɔkɔɔ ɔhene no abankɛsewa mu wɔ ne fie, na ɔhyee hɔ ne ne ho fraeɛ, ma ɔwuu egyadɛreɛ no mu. Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no so. Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. Nanso, Omri akyidifoɔ no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifoɔ no so. Enti, wɔkumm Tibni, ma Omri dii ɔhene. Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa. Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam. Nanso, Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no deɛ. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim, ma wɔyɛɛ no. Ɔde yei hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo. Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu. Nanso Omri ba Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no nyinaa mu biara deɛ. Na ɔyɛɛ deɛ Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfoɔhene Etbaal babaa, na ɔhyɛɛ aseɛ somm Baal, sɔree no. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔsii abosomfie ne afɔrebukyia maa Baal wɔ Samaria. Afei, ɔsii Asera afɔrebukyia. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn abufuo sene ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa. Nʼahennie so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ɔfiri Bet-El sane kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wuiɛ. Na ɔtintim abɔntenpono de wieeɛ no nso, ne kaakyire Segub nso wuiɛ. Yei nyinaa sisiiɛ, sɛdeɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kaeɛ no teɛ. Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.” Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Kɔ asuo Kerit a ɛwɔ apueeɛ fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kɔhinta hɔ. Nom asuo no mu nsuo, na di deɛ anene no de bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduane.” Enti, Elia yɛɛ sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenaeɛ wɔ asuo Kerit ho. Anene no brɛɛ no burodo ne ɛnam anɔpa ne anwummerɛ biara, na ɔnom nsuo firii asuo no mu. Na akyire yi, asuo no weeɛ, ɛfiri sɛ, na osuo ntɔ wɔ asase no so baabiara. Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kuro no mu. Okunafoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduane adi. Makyerɛ no deɛ ɔnyɛ.” Na Elia kɔɔ Sarefat. Ɔduruu kuro no abɔntenpono no ano no, ɔhunuu okunafoɔ bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Ɔbisaa no sɛ, “Mesrɛ wo, wobɛtumi ama me nsuo kuruwama bi?” Ɔrekɔsa nsuo no aba no, ɔsrɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ a fa burodo sini bi nso ka ho.” Okunafoɔ no kaa sɛ, “Meka Awurade, wo Onyankopɔn no ntam sɛ, menni burodo sini koraa wɔ fie. Na deɛ mewɔ wɔ efie yɛ asikyiresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduane a ɛtwa toɔ, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.” Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduane a ɛtwa toɔ no. Nanso, ɛyɛ a, to burodo ketewa bi di ɛkan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduane bebree bɛka ama wo ne wo ba no. Na deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Daa asikyiresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekoradeɛ no mu kɔsi ɛberɛ a Awurade bɛma osuo atɔ, ama nnɔbaeɛ anyini bio.’ ” Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikyiresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no. Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii sɛ abɔfra no wuiɛ. Ɔbaa no bisaa Elia sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, ɛdeɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho enti na woakum me ba yi?” Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee abarimaa no firii ne nsam. Ɔde no kɔɔ ɛsoro dan bi a wɔsoɛɛ no mu no mu. Ɔde owufoɔ no too ne mpa so. Elia su guu Awurade so sɛ, “Ao, Awurade, adɛn enti na wode saa awerɛhoɔ yi abɛto okunafoɔ yi a ɔde ne fie asom me hɔhoɔ yi so, na wama ne ba awuo yi?” Ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, su guu Awurade so sɛ, “Ao Awurade, me Onyankopɔn, mesrɛ, ma abɔfra yi nnya nkwa bio.” Awurade tiee Elia mpaeɛbɔ, na abɔfra no nyaa nkwa bio. Enti, Elia de no firi soro hɔ brɛɛ ne maame, ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ba no anyane.” Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Afei, mahunu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn onipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.” Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.” Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria. Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie. Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo. Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.” Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa. Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?” Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ ” Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me? Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo. Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase. Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!” Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.” Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia. Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?” Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi. Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.” Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so. Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn. Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum. Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya. Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so. Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.” Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ. Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.” Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn. Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so. Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no. Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako, na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.” Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!” Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so. Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.” Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa. Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “ Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!” Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ. Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Kɔ na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛseɛ bi rebɛtɔ.” Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.” Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson. Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’ ” Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano. Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel. Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.” Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ wɔ hɔ. Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom.” Na ɔdaa dua no ase. Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na didi.” Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio. Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.” Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.” Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi adi kɔgyina mʼanim wɔ bepɔ no so.” Na ɛberɛ a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa denden bi bɔ sii bepɔ no mu. Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu. Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ. Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisaa sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.” Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane wʼakyi kɔ baabi a wofiri baeɛ, na kɔ Damasko ɛserɛ so. Na sɛ woduru hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ. Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no. Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.” Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa sɛ ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ. Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.” Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ sɛ ne ɔboafoɔ. Yeinom akyi, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafoɔ aduasa mmienu dea ka ne ho. Wɔkɔtuaa Israel kuropɔn Samaria, to hyɛɛ so. Ben-Hadad somaa abɔfoɔ kɔɔ kuro no mu sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me dea. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu papa no nso yɛ me dea.’ ” Ahab buaa sɛ, “Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.” Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Maka dada sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ” Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.” Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa sɛ, “Sɛ ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no.” Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no sɛ, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’ ” Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ. Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.” Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada.” Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔ wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ, “Monsiesie mo ho nkɔko.” Enti, wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so. Na odiyifoɔ bi bɛhunuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Wohunu saa atamfoɔ dɔm yi? Ɛnnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ” Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’ ” Ahab bisaa sɛ, “Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?” Odiyifoɔ no buaa sɛ, “Aane.” Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ yɛ mpem nson no. Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔ wɔn ntomadan mu no, amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Akodɔm bi firi Samaria reba.” Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.” Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, kɔ ɔko no. Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom hɔ ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ. Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no. Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu.” Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Israel anyame no yɛ mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na sɛ wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. Deɛ ɛho hia ara ne sɛ, saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no ananmu. Momfa asraafoɔ foforɔ a wɔn dodoɔ te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodoɔ, nteaseɛnam ne mmarima dodoɔ saa ara, na yɛbɛtumi ne wɔn adi asie wɔ tata so. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛdi wɔn so.” Enti, ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn. Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te sɛ mmirekyikuo nketewa mmienu bi. Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka sɛ, ‘ Awurade yɛ mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu sɛ, mene Awurade no.’ ” Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha. Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu wɔ kuro no mu. Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.” Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!” Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa sɛ, “Aane, wo nua Ben-Hadad.” Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔfa no mmra.” Ɛberɛ a wɔde Ben-Hadad baeɛ no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu. Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie wɔ Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.” Na Ahab kaa sɛ, “Saa nhyehyɛeɛ yi so na mɛgyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wɔgyaa Ben-Hadad. Ɛberɛ no ara mu, Awurade see adiyifokuo no mu baako sɛ, ɔnka nkyerɛ ɔfoforɔ sɛ, “Fa wʼakodeɛ no bɔ me.” Nanso wanyɛ. Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no sɛ, “Sɛ woantie Awurade nne enti, sɛ wofiri ha ara pɛ a, gyata bɛkye wo, akum wo.” Ampa ara, ɔfirii hɔ ara pɛ na gyata kyeree no kumm no. Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wʼakodeɛ yi bɔ me.” Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no. Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no wɔ kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakyera ne ho. Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no sɛ, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa sɛ, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.’ Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ” Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no sɛ ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako. Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ sɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn.” Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria. Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ɔfiri Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfie. Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeɛfuo, ɛfiri sɛ, ɛbɛn mʼahemfie pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, ɛboɔ biara a asase no die no, mɛtua.” Nanso, Nabot buaa sɛ, “ Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapadeɛ bɛma wo.” Enti, Ahab sane kɔɔ ahemfie hɔ a ne bo afu ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdaeɛ a wannidie, de nʼanim kyerɛɛ fasuo. Ne yere Isebel bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woayɛ bosaa saa? Adɛn enti na wompɛ sɛ wodidie?” Ɔbuaa no sɛ, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no sɛ, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.” Ne yere Isebel bisaa sɛ, “Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye Nabot bobeturo no ama wo!” Na Isebel twerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔano sɔɔ ano, de kɔmaa mpanimfoɔ ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. Krataa no mu nsɛm ne sɛ: “Yi ɛda bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyene, na ma Nabot ntena animuonyambea wɔ nnipa no mu. Monhwehwɛ ahuhufoɔ baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfiri adi, nkɔsi no aboɔ nku no.” Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. Wɔhyɛɛ akɔnkyene no ase, de Nabot tenaa animuonyambea wɔ nnipa no mu. Na ahuhufoɔ baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti, wɔde no kɔɔ kurotia, kɔsii no aboɔ kumm no. Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu.” Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no. Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, “Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. Ka kyerɛ no sɛ, sei na Awurade ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ ” Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ɔtamfoɔ.” Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ Awurade ani so. ‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhye wʼasefoɔ nyinaa, na matwa ɔbarima a ɔtwa toɔ koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehyeɛ, afiri Ahab ho. Mɛma wo fie ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie, ɛfiri sɛ, woahyɛ me abufuo ama Israel ayɛ bɔne!’ “Na ɛfa Isebel ho nso no, Awurade ka sɛ, Yesreel nkraman bɛwe ne ɛnam wɔ kuropɔn no afasuo ho. “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wɔwuwuu wɔ kuro no mu no nso, nkraman bɛwe wɔn ɛnam, na apete nso asosɔ wɔn a wɔwuwuu wɔ wiram no ɛnam.” (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri sɛ, ne yere Isebel tuu no fo bɔne. Ɔyɛɛ bɔne ara, kɔsii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifoɔ a Awurade pamoo wɔn wɔ Israelfoɔ anim no). Ahab tee saa asɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, firaa ayitoma, kyenee kɔm. Ɔfiraa ayitoma no saa de awerɛhoɔ a emu yɛ den kyinkyiniiɛ. Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, “Woahunu sɛdeɛ Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase enti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no ɛnnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmammarima so; mɛsɛe nʼasefoɔ nyinaa.” Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa. Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ sɛ, “Moahunu sɛ Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!” Enti ɔbisaa Yehosafat sɛ, “Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab sɛ, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea, sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” Na Yehosafat ka kaa ho sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.” Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so.” Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.” Ɔhene Ahab buaa sɛ, “ Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.” Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.” Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.” Nanso, Mikaia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.” Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Na Mikaia buaa sɛ, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so.” Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?” Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu, mehunuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔ no so, te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’ ” Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho.” Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” Na Awurade bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?” Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ, kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!” Awurade bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?” Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim. “Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.” Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?” Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.” Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ” Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.” Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so. Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no sɛ, “Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!” Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene no ne no.” Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no, nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie. Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ. Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu sɛ: “Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!” Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no wɔ hɔ. Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no. Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ ɛnan so no. Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ. Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu. Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko. Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber. Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so. Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu. Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu Awurade, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Ɔhene Ahab wuo akyi, Moabman tee wɔn ho firii Israel ho, nyaa nʼahofadie. Ɛda bi, Israelhene foforɔ Ahasia firii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfie mpomma mu te hwee fam, ma ɔpiraa yie. Enti ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub Ekron nyame nkyɛn abisa, kɔbisaa sɛ ɔbɛnya ahoɔden anaa. Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ, “Kɔ na kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa?’ Seesei, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no. Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane baa ɔhene nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moaba ntɛm saa?” Wɔbuaa sɛ, “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsane nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde firi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ” Ɔhene no bisaa sɛ, “Na saa ɔbarima no yɛ hwan? Na ɔte sɛn?” Wɔbuaa sɛ, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboa nwoma abɔsoɔ.” Ɔhene no teaam sɛ, “Ɛyɛ Tisbini Elia.” Ɔsomaa asraafoɔ so safohene ne asraafoɔ aduonum sɛ wɔnkɔkye no. Wɔhunuu sɛ ɔte bepɔ bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.” Na Elia buaa ɔsahene no sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa. Enti, ɔhene no sane somaa ɔsafohene foforɔ a asraafoɔ aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene se bra seesei ara.” Elia buaa sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa. Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafoɔ aduonum. Saa ɛberɛ yi deɛ, ɔsafohene no kɔbuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfoɔ aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. Hwɛ sɛdeɛ ogya firi ɔsoro abɛhye akuo mmienu a wɔdi ɛkan no. Nanso, seesei mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!” Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Adɛn enti na wosomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛwu.” Na Ahasia wuiɛ sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ enti, ne nuabarima Yoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedie mfeɛ mmienu mu. Nsɛm a ɛsisii wɔ Ahasia ahennie mu no nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so. Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El. Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?” Elisa buaa sɛ, “Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.” Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko. Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?” Ɔbuaa bio sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.” Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ. Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ sɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho hɔ. Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ. Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buaa sɛ, “Mesrɛ wo, ma mennya wo honhom tumi no mmɔho.” Elia kaa sɛ, “Woabisa adeɛ a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wohunu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisadeɛ no. Na sɛ amma saa deɛ a, wo nsa renka.” Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. Elisa hunuiɛ, teaam sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu. Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam sɛ, “ Awurade, Elia Onyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu. Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no. Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.” Elisa kaa sɛ, “Dabi, monnsoma wɔn.” Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia. Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?” Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.” Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ. Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.” Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no. Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho fɛ, seree no sɛ, “Tipa, foro kɔ ɛ! Tipa, foro kɔ ɛ!” Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu. Elisa firii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔ Karmel so, na ɔfirii hɔ kɔɔ Samaria. Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe wɔ Yuda no. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfeɛ dumienu. Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no. Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no. Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.” Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom ɛserɛ so.” Edomhene ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa. Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.” Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ.” Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ.” Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa. Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho. Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.” Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so, ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma. Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no. Na yei yɛ ade kumaa bi ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim. Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa.” Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara. Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so. Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya. Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!” Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so. Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so. Ɛda bi, Elisa mfɛfoɔ adiyifoɔ no mu baako kunafoɔ baa ne nkyɛn, bɛsu kyerɛɛ no sɛ, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wonim sɛdeɛ na ɔsuro Awurade. Nanso, seesei obi a mede no ka aba, rehunahuna sɛ, ɔbɛfa me mmammarima baanu sɛ nkoa.” Elisa bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ efie.” Ɔbuaa sɛ, “Menni hwee sɛ ngo ahina baako.” Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodoɔ biara a wobɛnya firi wo nnamfonom ne wo mfɛfoɔ nkyɛn. Afei, fa wo mmammarima no kɔ wo fie, na to ɛpono mu. Hwie ngo no firi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.” Enti, ɔyɛɛ saa. Ne mmammarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no ma ma. Ankyɛre na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no mu baako sɛ, “Brɛ me ahina foforɔ.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no saeɛ. Ɛberɛ a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmammarima no.” Ɛda koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurom. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi te kuro no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛdidi. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɛberɛ biara a ɔbɛtwam hɔ no, ɔfa hɔ kɔdidi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Megye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn onipa kronkron. Ma yɛnsiesie ɛdan bi mma no wɔ ɛsoro hɔ na yɛmfa mpa, ɛpono, akonnwa ne kanea nsi mu mma no. Na ɛberɛ biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoeɛ.” Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?” Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.” Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.” Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ, “Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteaa mu sɛ, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa.” Na ampa ara, ɛberɛ tiawa bi akyi, ɔbaa no nyinsɛneeɛ. Na afe saa ɛberɛ no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛdeɛ Elisa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ne ba no nyiniiɛ no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafoɔ reyɛ adwuma. Prɛko pɛ, ɔkaa sɛ, “Me ti pae me! Me ti pae me!” Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafoɔ no mu baako sɛ, “Fa no kɔ efie kɔma ne maame.” Ɔpaani no de no kɔɔ efie. Ne maame gyee no too ne srɛ so. Nanso, ɛduruu owigyinaeɛ mu no, ɔwuiɛ. Ɔpagyaa no de no kɔtoo Onyankopɔn onipa no mpa so. Ɔtoo ɛpono no mu gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Soma apaafoɔ no baako na ɔmfa afunumu mmra, sɛdeɛ mɛtumi akɔduru Onyankopɔn onipa no hɔ ntɛm, asane aba.” Ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ ɛnnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” Nanso, ɔkaa sɛ, “Ɛwom saa.” Enti, ɔhyehyɛɛ afunumu no, ka kyerɛɛ ɔpaani no sɛ, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me enti na wobɛto wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ to wo bo ase.” Ɔrebɛduru Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ Karmel so no, Elisa hunuu no wɔ akyirikyiri. Ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Hwɛ, ɔbaa a ɔfiri Sunam no reba. Tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho yɛ anaa?’ ” Ɔbaa no buaa Gehasi sɛ, “Yɛn nyinaa ho yɛ.” Nanso, ɔbaa Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, sɔɔ nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekodeɛ no.” Na ɔbaa no kaa sɛ, “Wo ara me wura, wo na wokaa sɛ, mɛnya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?” Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me poma no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɛkwan so. Kɔ na fa poma no kɔto abɔfra no anim.” Na abarimaa no maame kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ efie gye sɛ woka me ho.” Enti, Elisa sane ne no kɔeɛ. Gehasi yɛɛ ntɛm dii ɛkan, de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara amma. Ɔsane nʼakyi kɔhyiaa Elisa, bɔɔ no amaneɛ sɛ, “Abɔfra no nnyaneeɛ.” Ɛberɛ a Elisa duruu hɔ no, ampa na abɔfra no awu da odiyifoɔ no mpa so. Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho ɛpono mu, bɔɔ Awurade mpaeɛ. Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio. Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɛdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abɔfra no so bio. Saa ɛberɛ yi, abɔfra no nwansii mprɛnson, na ɔtee nʼani. Afei, Elisa somaa Gehasi sɛ, “Frɛ abɔfra no na bra.” Ne maame no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ba no nie, fa no kɔ.” Ɔfiri ahodwirie mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no siane kɔɔ fam. Elisa sane kɔɔ Gilgal, nanso na ɛkɔm asi asase no so. Ɛda bi a adiyifokuo tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Fa ɛsɛn kɛseɛ si ogya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.” Wɔn mu baako kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔpɛ atosodeɛ, na ɔnyaa ɛferɛ bɔtɔ ma de baeɛ. Ɔtwitwa de guu ɛsɛn no mu a na ɔnnim sɛ awuduro wɔ mu. Na wɔdii kakra bi pɛ, wɔteateaam sɛ, “Onyankopɔn onipa, awuduro wɔ abɔmu no mu!” Ɛno enti, wɔanni bio. Elisa kaa sɛ, “Mommrɛ me asikyiresiam kakra.” Ɔde guu ɛsɛn no mu, kaa sɛ, “Afei, ayɛ yie enti monkɔdi.” Na anha wɔn bio. Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn onipa no atokoɔ foforɔ bɔtɔ ma, ne burodo mua aduonu. Elisa kaa sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni.” Ɔsomfoɔ no teaam sɛ, “Wose sɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi anaa?” Nanso, Elisa tii mu sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni, na Awurade ka sɛ, ‘Obiara bɛdi amee, na ebi mpo bɛka akyire.’ ” Na ampa ara, obiara didi meeɛ ma ebi mpo kaaeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no. Na Aramhene bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom sɛ na Naaman yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata. Afei, na Aram akofoɔ adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaayewa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa. Ɛda bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa sɛ, “Sɛ me wura kɔhunu odiyifoɔ no wɔ Samaria a, anka mɛpɛ. Anka ɔbɛsa no yadeɛ ama kwata no afiri ne honam ani.” Enti, Naaman kaa asɛm a abaawa a ɔfiri Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu. Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.” Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.” Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.” Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano. Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.” Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa sɛ, “Na menim sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ. Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na mennya ayaresa?” Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu. Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ. Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.” Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye. Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.” Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so. Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.” Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” Gehasi buaa sɛ, “Aane, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn.” Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi. Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu. Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?” Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.” Nanso, Elisa bisaa no sɛ, “Woanhunu sɛ ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ? Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma. Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔyɛ.” Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” Ɔkaa sɛ, “Mate yɛbɛkɔ.” Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua. Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!” Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani. Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ. Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.” Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.” Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho. Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?” Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.” Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.” Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho. Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?” Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.” Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma. Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no. Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria. Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria. Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?” Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.” Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa. Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria. Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe. Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.” Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?” Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ. Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.” Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase. Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.” Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.” Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?” Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu pɛ.” Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.” Afei, mmarima akwatafoɔ baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo? Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.” Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.” Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa. Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ. Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.” Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ. Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.” Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.” Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no. Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ. Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ. Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no. Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu.” Ɔhene no panin no buaa sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.” Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twi faa ne so, kumm no wɔ ɛpono no ano no. Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ ntu nkɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ sɛ ɛkɔm mmra Israel mfeɛ nson.” Enti, ɔbaa no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛeɛ no. Ɔfaa ne fiefoɔ kɔtenaa Filistifoɔ asase so mfeɛ nson. Ɛkɔm no twaa mu no, ɔsane baa Israel asase so, kɔhunuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fie ne nʼasase. Ɔbaa mu no, na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ rekasa. Na ɔhene no rebisa sɛ: Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. Saa ɛberɛ no ara na na Gehasi reka nyane a Elisa nyanee abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Ɛberɛ korɔ no ara mu, abarimaa no maame kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no fa nʼabisadeɛ no ho. Gehasi teaam sɛ, “Hwɛ, me wura! Ɔbaa no nie na ne babarima no nso nie—ɔno na Elisa nyanee no no!” Ɔhene no bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako sɛ ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni hɔ nyinaa, wɔde maa no. Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Onyankopɔn onipa no aba hɔ,” ɛberɛ a ɔhene no tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hasael sɛ, “Fa akyɛdeɛ kɔma Onyankopɔn onipa no. Na ka kyerɛ no, na ɔmmisa Awurade sɛ, ‘Me ho bɛtɔ me bio anaa?’ ” Na Hasael hyehyɛɛ nyoma aduanan so nnepa a ɛfiri Damasko, sɛ akyɛdeɛ a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn sɛ, memmɛbisa sɛ ne ho bɛyɛ no den anaa.” Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛyɛ wo den.’ Nanso, Awurade ada no adi akyerɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔbɛwu.” Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ. Hasael bisaa no sɛ, “Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa sɛ, Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!” Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?” Nanso, Elisa buaa sɛ, “ Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.” Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” Hasael buaa sɛ, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene. Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bɛdii Yuda so ɛberɛ a ɔhene Yoram adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ enum so. Na Yoram yɛ Ahab babarima. Ɛberɛ a Yehoram dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ. Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no hɔ dwaneeɛ. Edom ate Yuda so atua de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Libna kuro nso sɔre tiaeɛ. Nsɛm a ɛsisii wɔ Yehoram ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yehoram wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda wɔ ɔhene Yoram adedie wɔ Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana. Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ Awurade ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho. Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no. Na odiyifoɔ Elisa afrɛ adiyifoɔ no mu baako afiri adiyifoɔ kuo no mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ. Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana no. Frɛ no firi ne nnamfo mu, na fa no kɔ piam, na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Meresra wo ngo, ama woabɛdi Israel so ɔhene.’ Afei, bue ɛpono no na dwane, gye wo kra nkwa!” Enti, odiyifoɔ kumaa no yɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Ramot-Gilead. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu Yehu sɛ ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa sɛ, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisaa sɛ, “Yɛn mu hwan?” Ɔbuaa sɛ, “Wo a woyɛ ɔsahene no.” Enti, Yehu gyaa wɔn a aka no hɔ, kɔɔ efie. Na odiyifoɔ kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Mesra wo ngo sɛ, di Awurade nkurɔfoɔ Israelfoɔ so ɔhene. Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura, no fie. Saa ɛkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifoɔ a wɔkunkumm wɔn ne Awurade asomfoɔ no nyinaa a Isebel kunkumm wɔn no so ka. Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. Mɛsɛe Ahab fie, sɛdeɛ mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie no. Na nkraman bɛwe Isebel ɛnam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifoɔ kumaa no buee ɛpono no, tuu mmirika dwaneeɛ. Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yɛ anaa?” Yehu buaa sɛ, “Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Woboa. Ka nokorɛ.” Enti, Yehu kaa sɛ, odiyifoɔ no ayi akyerɛ no sɛ Awurade asra no ngo sɛ ɔmmɛdi Israel so ɔhene. Wɔde wɔn ntadeɛ sesɛɛ ntwedeɛ no so ntɛm ara, hyɛnee totorobɛnto, teateaam sɛ, “Yehu yɛ ɔhene.” Enti, Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana pam ɔhene Yoram tiri so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ akodɔm wɔ Ramot-Gilead a na wɔgyina de tia Aramhene Hasael akodɔm. Nanso, na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yadeɛ. Enti, Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Esiane sɛ mopɛ sɛ medi ɔhene no enti, mma obiara nnwane nkɔ Yesreel nkɔka deɛ yɛayɛ wɔ hɔ.” Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi. Ɔwɛmfoɔ a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no hunuu Yehu ne ne nkurɔfoɔ sɛ wɔreba enti, ɔteaam guu Yoram so sɛ, “Mehunu sɛ akodɔm reba. Soma ɔpɔnkɔkafoɔ bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoeɛ so anaa.” Ɔhene Yoram nso teaam. Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Yehu buaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Ma mensene!” Ɔwɛmfoɔ no frɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔmma.” Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Bio, Yehu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!” Ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.” Ɔhene Yoram hyɛɛ sɛ, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. Ɔhene Yoram bisaa sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa, Yehu?” Yehu buaa sɛ, “Mpɛn dodoɔ a wo maame Isebel abosom ne ne bayie atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoeɛ so?” Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no ahoma, de danee ɔpɔnkɔ no ani, dwaneeɛ a ɔreteateam sɛ, “Ɔmammɔfoɔ Ahasia!” Na Yehu twee nʼagyan to wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwiree nʼakoma mu, ma ɔbu hwee ne teaseɛnam no mu, wuiɛ. Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ, “To no twene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae ɛberɛ a na yɛtete nteaseɛnam mu di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kaa sɛ, ‘Meka ntam di nse sɛ, mɛtua no so ka wɔ Nabot agyapadeɛ yi mu. Sɛ ɔkum Nabot ne ne mmammarima nnora a mehunuu no enti, mɛtua no ka. Enti, to no twene wɔ Nabot asase yi so.’ ” Ɛberɛ a Yudahene Ahasia hunuu asɛm a asi no, ɔdwane kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teateaam sɛ, “Monkum ɔno nso bi.” Enti, wɔtoo Ahasia agyan wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur aforoeɛ a ɛbɛn Yibleam. Ɔtumi kɔeɛ ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ. Ne mpanimfoɔ de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem, kɔsiee no ne mpanimfoɔ ho wɔ Dawid kurom. Na Ahasia dii adeɛ wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi adeɛ mfeɛ dubaako. Ɛberɛ a ɔhemmaa Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛɛ mpomma mu. Ɛberɛ a Yehu wuraa ahemfie ɛpono no mu no, ɔhemmaa no teaam guu ne so sɛ, “Owudifoɔ, wobaa no asomdwoeɛ so anaa? Wote sɛ Simri a ɔkumm ne wura no.” Yehu pagyaa nʼani hunuu no wɔ mpomma no mu teaam sɛ, “Hwan na ɔwɔ mʼafa!” Na apiafoɔ baanu anaa baasa hwɛɛ no. Yehu teaam sɛ, “Monto no ntwene fam.” Enti, wɔtoo no firii mpomma no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasuo no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so. Na Yehu kɔɔ ahemfie hɔ kɔdidi, nomeeɛ. Akyire yi, ɔkaa sɛ, “Monkɔ nkɔsie ɔbaa a wɔadome no yi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔhene babaa.” Nanso, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, ne tikwankoraa, ne nan ne ne nsa nko ara na wɔhunuiɛ. Ɛberɛ a wɔbɛbɔɔ Yehu amaneɛ no, ɔkaa sɛ, “Yei hyɛ asɛm a Awurade nam ne ɔsomfoɔ Tisbini Elia so kaeɛ no ma sɛ, ‘Asase tam bi a ɛda Yesreel no so na nkraman bɛwe Isebel ɛnam. Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel haban mu a ne saa enti, obiara ntumi nhunu no.’ ” Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ, “Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.” Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?” Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.” Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ. Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.” Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom? Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. Awurade nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.” Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara. Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu. Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.” Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane. Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?” Yehonadab buaa sɛ, “Aane.” Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ. Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie. Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.” Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ. Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ. Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.” Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni Awurade, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho. Nna no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan. Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe. Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no. Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ Awurade asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no. Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no. Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ Awurade asɔredan mu. Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfoɔ kuo, a mokurakura mo akodeɛ. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, monkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no.” Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim. Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no Awurade asɔredan mu hɔ no. Awɛmfoɔ no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔkurakura wɔn akodeɛ. Wɔsaa so tee firii asɔredan no anafoɔ fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔrebukyia no ho nyinaa. Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!” Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. Ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ wɔ ahensie mu no. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wɔfiri asase no so afanan nyinaa redi ahurisie rehyɛn totorobɛnto. Ɛberɛ a Atalia hunuu yeinom nyinaa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!” Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.” Enti, wɔkyeree no de no puee ɛpono no ano wɔ baabi a apɔnkɔ fa ba ahemfie hɔ no, kumm no wɔ hɔ. Na Yehoiada yɛɛ apam de too Awurade ne ɔhene ne nnipa no ntam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. Ɔsane yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kɔbubu guu fam. Wɔbubuu afɔrebukyia ne ahoni ahodoɔ nyinaa no asinasini, kumm Baal ɔbosomfoɔ Matan nso wɔ afɔrebukyia no anim. Ɔsɔfoɔ Yehoiada maa awɛmfoɔ wɛnee Awurade asɔredan no. Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so. Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, wɔakum Atalia wɔ ahemfie. Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson. Ɔhene Yehu adedie wɔ Israel no mfeɛ nson so, na Yoas nso dii adeɛ wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduanan. Na ne maame Sibia firi Beer-Seba. Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɛfiri sɛ, na ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛ no. Na Yoas yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ. Ɛda bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa toɔ tua, aboadeɛ anaa akyɛdeɛ a ɛfiri ɔpɛ mu no. Momma asɔfoɔ no mfa sika no bi nkɔtua asɔredan no nsiesie ho ka biara.” Nanso, ɔhene Yoas dii adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa no, na asɔfoɔ no nsiesiee Asɔredan no. Enti, ɔhene Yoas soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfoɔ a aka no, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na monsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛdeɛ no nhyɛ mo ho bio. Ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.” Enti, asɔfoɔ no penee so sɛ wɔrennyegye sika mfiri nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no. Na ɔsɔfoɔ Yehoiada tuu tokuro wɔ adaka kɛseɛ bi atifi, de sii afɔrebukyia no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfoɔ a wɔwɛn ɛkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotokuo mu. Afei, wɔde sika no ma dwumadie hwɛsofoɔ no, ma wɔde tua nnipa a wɔresiesie Awurade Asɔredan no ka, nnua adwumfoɔ, adansifoɔ, abohyehyɛfoɔ ne abotwafoɔ. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no. Na ɛka biara a ɛba Asɔredan no nsiesie ho no, wɔtua. Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, nkanea akapɛ, nkyɛnsee akɛseɛ, ntotorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no. Na wɔde tuaa adwumayɛfoɔ no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. Na adwuma no hwɛfoɔ akontabuo biara ho anhia, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ adwumayɛfoɔ nokwafoɔ. Nanso, afɔdie ne bɔneyɛ ho afɔrebɔdeɛ no deɛ, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa. Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ yi, Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat faeɛ. Afei, ɔdanee ne ho kɔto hyɛɛ Yerusalem so. Ɔhene Yoas boaboaa akronkronneɛ a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwam no ato edin ama Awurade ne deɛ ɔno ankasa nso ato edin ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfie no ka ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti, ɛmaa Hasael gyaee to a anka ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem soɔ no. Nsɛm a ɛsisii wɔ Yoas ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Nanso, ne mpanimfoɔ pam ne tiri so, kumm no wɔ Bet-Milo ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. Awudifoɔ no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufoɔ nokwafoɔ. Wɔsiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so. Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree. Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no. Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no. Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia wɔ Samaria. Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase. Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia. Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho. Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ wɔ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no. Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so. Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ. Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek. Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam.” Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa. Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa sɛ, “Anka ɛsɛ sɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa.” Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara. Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so! Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim. Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no. Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ mmienu. Amasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu enum, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduonu nkron. Na wɔfrɛ ne maame Yehoadin a ɔfiri Yerusalem. Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so, nanso anto deɛ nʼagya Dawid yɛeɛ. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛsoɔ so. Amasia ansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔdeɛ, kɔhye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɛberɛ a Amasia ase timiiɛ sɛ ɔhene no, ɔkunkumm mpanimfoɔ a wɔkumm nʼagya no nyinaa. Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ: Mma wɔnkunkum agyanom wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔ wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ ne bɔne ho. Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no. Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.” Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?” Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa Yuda akodɔm no bɔ hweteeɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakodɔm no ma wɔdwirii Yerusalem ɔfasuo no, firi Efraim Ɛpono no de kɔsii Twɛtwɛwaso Ɛpono no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinneɛ nyinaa firii Awurade asɔredan mu ne ahemfie akoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsane kɔɔ Samaria. Yoas ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔsiiɛ ne ako a ɔne Yudahene Amasia diiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum. Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ. Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene. Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda. Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene wɔ Israel. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfirinhyia aduanan baako. Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam ma Israelfoɔ kɔɔ mu no ho. Yeroboam a ɔtɔ so mmienu gyegyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Ɛpo no ntam no sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no. Awurade hunuu sɛdeɛ obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. Esiane sɛ Awurade nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din koraa no enti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa. Yeroboam a ɔtɔ so mmienu ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, deɛ ne tumi ano kɔsiiɛ, nʼakodie ne nsase a ɔgyegye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yeroboam wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda. Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem. Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam. Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho. Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no. Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu. Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ. Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so. Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu. Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu. Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no. Afei, Asiriahene Pul bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim. Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson (570) sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso. Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu. Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho. Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel. Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu. Nanso, Peka yɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho. Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda. Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu. Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ. Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono. Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Saa mmerɛ no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so. Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a ɔhene Peka adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bɛdii adeɛ wɔ Yuda. Ahas dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu. Na ɔdii Yerusalem nso so ɔhene mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani, sɛdeɛ ne panin Dawid yɛeɛ no. Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛsoɔ so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuasuaa abosonsom aman no nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade a ɛno enti ɔpamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase. Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtuaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. Saa ɛberɛ no, Edomhene gyee Elat kuro maa Edom. Ɔpamoo Yudafoɔ, na ɔmaa Edomfoɔ no kɔtenaa hɔ, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. Ɔhene Ahas somaa abɔfoɔ kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ ne wo ba. Bra na bɛgye me firi Aram ne Israel akodɔm a wɔaka me ahyɛ no nsam.” Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfie hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no. Enti, Asiriafoɔ no kɔtuaa Aramfoɔ no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfoɔ no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wɔkumm ɔhene Resin. Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔhunuu afɔrebukyia sononko bi. Enti, ɔde saa afɔrebukyia no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfoɔ Uria. Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔrebukyia no bi pɛpɛɛpɛ, na ɛberɛ a ɔfiri Damasko baeɛ no, na wɔayɛ awie. Ɔhene no firi Damasko baeɛ no, ɔhwɛɛ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, bɔɔ so afɔdeɛ. Ɔhene no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ, hwiee nsã afɔdeɛ guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho mogya guu so. Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na ɛsi ɛkwan no ano ne afɔrebukyia foforɔ yi ntam no, firii Awurade Asɔredan no anim, de kɔsii afɔrebukyia foforɔ no atifi fam. Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uria sɛ, “Bɔ anɔpa afɔdeɛ nyinaa a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, anwummerɛ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔhene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ ne nnipa no nyinaa afɔdeɛ a wɔn nsa afɔdeɛ ka ho wɔ so. Mogya a ɛfiri ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔrebukyia foforɔ no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia dada no bɛdi dwuma.” Na ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ deɛ ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Na afei, ɔhene no tutuu afasuo no nkatanimu nnua ne nsuhina nso firi nsuo teaseɛnam no so. Afei ɔyii Po no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie no akyi de sii aboɔ nsameeɛ no so. Na anidie a ɔde ma Asiriahene no enti, ɔyii kyiniiɛ bi a na wɔayɛ wɔ ahemfie no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no firii hɔ. Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ela babarima Hosea hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi ɔhene wɔ Yuda mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ nkron. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wɔdii adeɛ ansa na ɔrebɛdi adeɛ no. Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kɔdii ne so nkonim enti, ɔhyɛɛ Israel ma wɔtuaa apeatoɔ a emu yɛ duru maa Asiria. Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa firii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn, sɛ ɔmmoa no na ɔntete ne ho mfiri Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔ tiaa Asiriahene. Ɛberɛ a Asiriahene hunuu ɛpɔ bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuateɛ ho. Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na ɔtuaa Samaria mfeɛ mmiɛnsa. Akyire yi, ɔhene Hosea ahennie mfeɛ nkron mu no, Samaria hwee ase, ma wɔtwaa Israelfoɔ asuo kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenaseɛ wɔ Halah nkuro wɔ asuo Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so. Saa amanehunu yi baa Israelman so, ɛfiri sɛ, nnipa no somm anyame foforɔ, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Wɔsuasuaa abosonsom aman nneyɛɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no. Na Israelfoɔ no nso nam esum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Onyankopɔn ani. Wɔsisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ɛfiri wɔn nkuro akɛseɛ a wɔatwa afasuo afa ho, kɔsi nkuraaseɛ. Wɔsisii afadum kronkron ne Asera afɔrebukyia wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmm ase. Wɔhyee nnuhwam wɔ asɔreeɛ hɔ, te sɛ deɛ aman a Awurade apamo wɔn afiri asase a ɛda wɔn anim no so no yɛeɛ pɛ. Enti, Israelfoɔ yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuo. Aane, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi, wɔsomm ahoni. Awurade somaa nʼadiyifoɔ ne ademuhunufoɔ ntoatoasoɔ ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ, “Monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ ɔsetie mma mʼahyɛdeɛ ne me mmara, deɛ mehyɛɛ mo agyanom sɛ wɔnni so no nyinaa, deɛ menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ no so de maa mo no.” Nanso, Israelfoɔ no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Onyankopɔn, anni. Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsomm abosomhuhuo, ma wɔdanee nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛsoɔ so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade nhyɛ a ɔhyɛɛ sɛ wɔnnsuasua wɔn no. Wɔantie Awurade wɔn Onyankopɔn nhyɛ no nyinaa, na wɔyɛɛ nantwie mma mmienu ahoni a wɔaguo. Wɔsii Asera afɔrebukyia, somm Baal ne ewiem atumfoɔ nyinaa. Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɛsiane sɛ Awurade bo fuiɛ enti, ɔpepaa wɔn firii nʼanim. Yuda abusuakuo nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so. Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Onyankopɔn, ahyɛdeɛ so. Wɔfaa ɛkwan bɔne a Israel faa so no so. Ɛno enti, Awurade poo Israel asefoɔ nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfoɔ, nam so twee wɔn aso, kɔsii sɛ wɔsɛee wɔn. Na ɛberɛ a Awurade tee Israel firii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so ɔhene. Na Yeroboam maa Israelfoɔ gyaee Awurade akyidie, ma wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ. Na Israelfoɔ no kɔɔ so nantee Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no, kɔsii sɛ, ne korakora, Awurade pepaa wɔn firii hɔ, sɛdeɛ nʼadiyifoɔ hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti, wɔtwaa Israel asuo kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte bɛsi ɛnnɛ yi. Na Asiriahene twee nnipa akuakuo firii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn bɛduaa Samaria nkuro so, ma wɔsii Israelfoɔ ananmu. Enti Asiriafoɔ no faa Samaria ne Israel nkuro a ɛkeka ho no. Nanso, ɛsiane sɛ saa ahɔhoɔ atutenafoɔ yi ansom Awurade ɛberɛ a wɔduruu hɔ ara pɛ no enti, Awurade maa agyata kɔɔ wɔn mu, kɔkunkumm wɔn mu bi. Enti, wɔde nkra kɔmaa Asiriahene sɛ, “Nnipa a woabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Israel nkuro so no nnim sɛdeɛ wɔsom asase no so Onyankopɔn. Wasoma agyata akɔ wɔn mu, akɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔansom no anisɔ mu.” Ɛnna Asiriahene nso hyɛɛ sɛ, “Soma asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo no mu baako firi Samaria, na ɔnsane nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔhoɔ no ɛkwan a wɔfa so som asase no so Onyankopɔn.” Enti, asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo afiri Samaria no mu baako sane kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔhoɔ no kwan a wɔfa so som Awurade. Nanso, saa ahɔhoɔ akuakuo ahodoɔ yi kɔɔ so somm wɔn ankasa anyame. Kuro biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kɔsisii abosonnan a Israelfoɔ no asisi no mu. Wɔn a wɔfiri Babilonia no somm wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wɔfiri Kut somm wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wɔfiri Hamat somm Asima. Awifoɔ somm wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a ɛfiri Sefarwain hyee wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔdeɛ, de maa Adramelek ne Anamelek. Saa ahɔhoɔ yi somm Awurade deɛ, nanso wɔyii asɔfoɔ bi firii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ abosonnan mu. Na wɔsom Awurade deɛ, nanso wɔkɔɔ so faa amanneɛ kwan a wɔn aman a wɔfiri so fa so som no so. Na yei da so kɔ so wɔ wɔn mu de bɛsi ɛnnɛ. Na wɔda so yɛ kane nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefoɔ no so. Nanso, na Awurade ne Yakob asefoɔ ayɛ apam, ahyɛ wɔn sɛ, “Monnsom anyame foforɔ, monnkoto wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔdeɛ mmma wɔn. Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne tumi so yii mo firii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokoto no, na mobɔ afɔdeɛ ma no. Monhwɛ yie, na monni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔtwerɛ maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforɔ biara. Mommma mo werɛ mfiri apam a me ne mo yɛeɛ no, na monnsom anyame foforɔ biara. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn nko ara. Ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.” Nanso, nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dada no so. Enti, ɛberɛ a ahɔhoɔ yi resom Awurade no, berɛ korɔ no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔn asefoɔ yɛ ade korɔ no ara. Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmiɛnsa. Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi. Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri sɛ, na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan. Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Onyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ no wɔ Yuda asase so. Biribiara mu, ɔdii Awurade nokorɛ, na ɔde ntoboaseɛ dii ahyɛdeɛ a Awurade de maa Mose no nyinaa so. Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no. Afei, ɔkɔdii Filistifoɔ so nkonim, de kɔsii Gasa ne nʼahyeɛ so, firi ne nkuraaseɛ, de kɔsii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasuo atwa ho no. Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahennie wɔ Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ. Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie wɔ Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ. Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu. Ɛfiri sɛ, wɔantie Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Wɔbuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no. Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako. Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no Awurade Asɔredan no mu ne deɛ ɛwɔ ahemfie adekoraeɛ hɔ nyinaa maeɛ. Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura Awurade asɔredan no apono ho, de ne nyinaa maa Asiriahene. Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho. Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ. Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria? Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. Ebia, wobɛka sɛ, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!” Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so? “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, wogye di sɛ yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Kɔ na kɔsɛe no!’ ” Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.” Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘ Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’ “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu. Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘ Awurade bɛgye yɛn!’ Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da? Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa? Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade bɛtumi agye Yerusalem?” Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa. Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no. Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.” Na ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, na Yesaia buaa sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu, na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?” Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim. Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ! Tie Sanaherib nsɛm a ɔka de bu Onyankopɔn teasefoɔ no animtiaa. “ Awurade, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛdeɛ nkra no ka no. Na wɔato aman yi anyame agu ogya mu, ahye wɔn. Asiriafoɔ no tumi sɛe wɔn ɛfiri sɛ na wɔnyɛ anyame koraa. Na wɔyɛ nnua ne aboɔ ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ. Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.” Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no. Yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi? Hwan na woama wo nne so atia no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! Wonam wʼasomafoɔ so adi Awurade ho fɛw. Na woaka sɛ, “Mede me nteaseɛnam bebrebe no adi bepɔ tentene pa ara so, aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no. Matwitwa ntweneduro atentene pa ara ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam. Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu. Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!” “ ‘Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie. Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi a owia tumi hye so sɛe no. “ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ ne sɛdeɛ wo bo huru tia me. Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me, na mʼankasa mate no enti, mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu, na mede nnareka ato mo ano, na mama mo afa ɛkwan a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’ “Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia: “Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie, afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa. Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no. Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no, mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre. Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. “Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu na ɔrento bɛmma wɔ ha. Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi na ɔrensi otua pie ntia no. Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu. Awurade ka sɛ, ɔrenwura saa kuro yi mu. Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti, mɛbɔ ho ban.” Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara. Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkuro Ninewe mu. Ɛda koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmammarima Adramelek ne Sareser de wɔn akofena kɔkumm no. Wɔdwane firii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforɔ Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene. Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.” Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. Na ansa na Yesaia bɛfiri adihɔ no mfimfini no, Awurade de asɛm yi bɛsii ne so sɛ, “Sane kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu. Mede mfeɛ dunum bɛka wo mfeɛ ho, na mɛgye wo ne saa kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Me ɔsomfoɔ Dawid enti, mɛyɛ yei, de agye mʼanimuonyam.’ ” Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfoɔ no sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden. Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?” Yesaia buaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no kɔ nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?” Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.” Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so. Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn. Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.” Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie saa asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn yi: Ɛberɛ bi reba a biribiara a wowɔ no, agyapadeɛ a wʼagyanom akora no nyinaa, wɔbɛtwe akɔ Babilonia a ɛrenka hwee. Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wʼankasa wʼasefoɔ bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ apiafoɔ a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfie.” Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso, na ɔhene no redwene sɛ, “Me berɛ so deɛ ɛsɛ sɛ yɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ.” Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, ne babarima Manase na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara pɛ. Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ. Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din animuonyam no. Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ. Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ hɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo. Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu. Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo. Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ, “Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu. Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn. Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no. Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ sɛ asadeɛ. Ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne kɛseɛ wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no.” Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho. Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ. Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no. Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so. Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie. Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene. Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a Yosia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduasa baako. Na ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat no babaa. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔfaa ne tete agya Dawid nhwɛsoɔ. Wammane ankɔ nifa anaa benkum. Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe wɔ nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka. Ɛho bɛhia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no. Nanso, ɛho nhia sɛ adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri sɛ, wɔyɛ nokwafoɔ.” Ɔsɔfopanin Hilkia ka kyerɛɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan sɛ, “Mahunu Mmara Nwoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan, na ɔkenkaneeɛ. Safan sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no de sika a wɔgyegyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ama adwumayɛfoɔ no ne sohwɛfoɔ a wɔwɔ asɔredan no ho no.” Safan sane ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no. Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia sɛ, “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.” Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no. Ɛfiri sɛ, me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre wɔ ha, na ɛrennum.’ Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no sɛ, Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho. Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ” Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no. Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa. Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so. Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa sɛ, wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri Awurade asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El. Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ. Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire wɔ Kidron bɔnhwa mu hɔ kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ. Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ. Yosia sane de Awurade asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no wɔ kuropɔn ɛpono no benkum so. Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom wɔ Awurade afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no. Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio. Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no. Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfie no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu. Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne. Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so. Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no. Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii wɔ kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ sɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ Awurade nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena. Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?” Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.” Yosia buaa sɛ, “Momma no nwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso. Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ Awurade abufuo. Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔ wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem. Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Nwoma mu no.” Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da. Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe wɔ akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade. Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so. Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte sɛ Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte sɛ ɔno. Nanso, yei nyinaa akyi no, Awurade abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so. Awurade kaa sɛ, “Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din animuonyam wɔ mu no.” Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kumm no. Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene. Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene wɔ Yerusalem. Afei, ɔbisaa sɛ Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan sɛ apeatoɔ. Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ. Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Yehoiakim ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛto hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na ɔtuaa toɔ maa no mfeɛ mmiɛnsa, nanso ɔtee Nebukadnessar so atua. Na Awurade somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ Awurade nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no. Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no afiri nʼanim, ɛsiane bɔne dodoɔ a Manase yɛeɛ no enti. Manase kaa mogya a ɛdi bem guiɛ de hyɛɛ Yerusalem ma, ɛno enti, Awurade amfa yei ankyɛ. Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho. Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no ara pɛ. Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem. Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase. Sɛdeɛ Awurade aka dada no, Nebukadnessar tasee agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfie hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ akoradeɛ a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so. Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho. Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie. Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia. Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. Ɛno enti, Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire yi, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene. Ɔbosome Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛtɔ so dunum wɔ Sedekia ahennie mfeɛ nkron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakodɔm nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wɔtwaa kuropɔn no ho hyiaeɛ. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasuo ho. Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so. Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no. Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no. Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn. Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia. Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. Ɔhyee Awurade Asɔredan ne ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa. Adan pa a ɛwɔ kuropɔn no mu no, ɔsɛee ne nyinaa. Awɛmfoɔ so panin no hwɛ maa Babilonia akodɔm no bubuu Yerusalem afasuo no. Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo. Na awɛmfoɔ so panin no maa mmɔborɔfoɔ no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ a ɛka ho no so. Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia. Wɔtasee nkukuo, sofi, nkanea akapɛ, nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa. Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa. Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu. Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Awɛmfoɔ so panin no kyekyeree ɔsɔfopanin Seraia, nʼabadiakyire Sefania ne apono ano sohwɛfoɔ mpanimfoɔ baasa sɛ nneduafoɔ. Nnipa a na wɔakɔtetɛ no mu nso, ɔkyeree Yuda asraadɔm no mu panin baako, ɔhene no ankasa afotufoɔ baanum, asraadɔm sahene no twerɛfoɔ panin a na ɔfa nnipa wɔ adwuma mu ne ɔmanfoɔ aduosia. Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so. Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nana no sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa Yuda no so. Ɛberɛ a asraadɔm asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ɔfiri Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa. Gedalia dii nse, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanimfoɔ no amma hɔ ɔhaw so. Ɔtuu wɔn fo sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie.” Tisri bosome (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nana a na ɔfiri adehyeɛ abusua mu no de mmarima edu kɔɔ Mispa, kɔkumm Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafoɔ ne Babiloniafoɔ no nyinaa. Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi. Ɔhene Yehoiakyin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ. Enti Yehoiakyin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara, kɔsii ne wu da. Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da. Adam asefoɔ yɛ Set, Enos, Kenan, Mahalalel, Yared, Henok, Metusela, Lamek, Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet. Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma. Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan. Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan. Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so. Misraim yɛ tete agya ma Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi. Na Kanaan abakan din de Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ, Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya. Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas. Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan. Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ. Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela, Eber, Peleg, Reu, Serug, Nahor, Tera, ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no. Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael. Na Ismael mmammarima nso ne Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mmammarima. Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan. Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima. Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel. Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora. Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek. Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa. Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna. Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana. Na Ana babarima yɛ Dison. Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran. Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene. Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit. Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene. Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene. Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. Na Hadad nso wuiɛ. Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne Timna, Alwa, Yetet, Oholibama, Ela, Pinon, Kenas, Teman, Mibsar, Magdiel ne Iram. Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ. Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser. Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no. Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum. Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul. Serah mmammarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum. Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so. Na Etan babarima ne Asaria. Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb. Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya. Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya. Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya. Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea. Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum. Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson. Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel. Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa. Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon. Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur. Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel. Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub. Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no. (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ. Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya). Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam. Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ Maas, Yamin ne Eker. Onam mmammarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmammarima yɛ Nadab ne Abisur. Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid. Na Nadab mmammarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma; na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai. Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara, nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ. Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa. Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha. Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai. Atai woo Natan na Natan woo Sabad. Sabad woo Efial. Efial woo Obed. Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria. Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa. Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum. Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama. Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya. Na Hebron mmammarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema. Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai. Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur. Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases. Na Yahdai mmammarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf. Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana. Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa. Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya. Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie. Salma asefoɔ yɛ Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ, ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ. Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail. Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit. Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital. Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla. Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ. Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi. Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, Noga, Nefeg, Yafia, Elisama, Eliada ne Elifelet. Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar. Na Salomo asefoɔ yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat, Yehoram, Ahasia, Yoas, Amasia, Asaria, Yotam, Ahas, Hesekia, Manase, Amon ne Yosia. Na Yosia mmammarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa, ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan. Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ, ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ. Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no mmammarima ne Sealtiel, Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia. Na Pedaia mmammarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmammarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit. Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed. Na Hanania mmammarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania. Na Sekania asefoɔ yɛ Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia. Na Nearia mmammarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa. Na Elioenai mmammarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason. Yuda asefoɔ no bi edin de Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal. Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Yeinom na na wɔyɛ Sorafoɔ mmusua. Na Etam asefoɔ no ne Yesreel, Yisma, Yidbas, ɛnna Haslelponi a na ɔyɛ ne babaa, Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Yeinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefoɔ. Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara. Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari. Hela woo Seret, Sohar, Etnan, ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu. Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no. Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston. Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Yeinom ne Reka asefoɔ. Kenas mmammarima ne Otniel ne Seraia. Otniel mmammarima ne Hatat ne Meonotai. Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab a ɔhyɛɛ Adwumfoɔ Bɔnhwa ase, ɛfiri sɛ, na adwumfoɔ pii tete hɔ. Na Yefune babarima Kaleb mmammarima yɛ Iru, Ela ne Naam. Na Ela babarima yɛ Kenas. Yehalelel mmammarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. Ɛsra mmammarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no. Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa. Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa. Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni. Simon mmammarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefoɔ no ne Sohet ne Ben-Sohet. Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea, Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu. Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene. Na Simeon mmammarima no edin de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo. Na Saulo asefoɔ yɛ Salum, Mibsam ne Misma. Na Misma asefoɔ yɛ Hamuel, Sakur ne Simei. Simei woo mmammarima dunsia ne mmammaa baasia. Ne nuammarima no deɛ, na wɔn mu biara nni abusua kɛseɛ saa. Ɛno enti, Simeon abusua annɔre te sɛ Yuda abusua no. Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, Bilha, Esem ne Tolad, Betuel, Horma ne Siklag, Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkuro yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kɔsii ɔhene Dawid berɛ so. Wɔn asefoɔ nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurotoɔ enum yi so, ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia no kɔsii Baal. Na wɔn atenaeɛ nie, na wɔahyehyɛ saa edin yi nyinaa wɔ wɔn abusuadua nkrataa mu. Wɔn a wɔka Simeon asefoɔ ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa, Yoɛl, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima, Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia, Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia. Edin a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofoɔ a wɔdeda Simeon mmusuakuo a wɔyɛ adefoɔ no ano no bi. Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ bɔnhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. Wɔnyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefoɔ no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dada. Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no. Akofoɔ no mu ahanum a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no kɔɔ bepɔ Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmammarima no na na wɔdi wɔn anim. Amalekfoɔ kakra a wɔkaeɛ no, wɔkunkumm wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ. Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan. Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea. Israel abakan Ruben no mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. Yoɛl asefoɔ ne Semaia, Gog, Simei, Mika, Reaia, Baal, ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim. Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima. Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon. Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho. Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no. Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka. Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ. Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber. Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima. Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni. Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so. Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu. Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu. Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ. Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha. Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo. Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie. Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ. Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na Lewi mmammarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari. Na Kohat asefoɔ nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel. Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmammarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua. Abisua woo Buki, na Buki woo Usi, Usi woo Serahia, Serahia woo Meraiot, Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub, Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas, Ahimaas woo Asaria, Asaria woo Yohanan, Yohanan woo Asaria, a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu. Asaria woo Amaria, Amaria woo Ahitub, Ahitub woo Sadok, Sadok woo Salum, Salum woo Hilkia, Hilkia woo Asaria. Asaria woo Seraia, Seraia woo Yehosadak. Wɔtwaa Yehosadak asuo ɛberɛ a Awurade de Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no. Na Lewi mmammarima din de: Gersom, Kohat ne Merari. Na Libni ne Simei ka Gerson asefoɔ ho. Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho. Na Mahli ne Musi ka Merari asefoɔ no ho. Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ. Na Gerson asefoɔ yɛ: Libni, Yahat, Sima, Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai. Na Kohat asefoɔ ne Aminadab, Kora, Asir, Elkana, Ebiasaf, Asir, Tahat, Uriel, Usia ne Saulo. Na Elkana asefoɔ ne: Amasai, Ahimot, Sofai, Nahat, Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel. Na Samuel mmammarima din ne: Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no. Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa, Simea, Hagia ne Asaia. Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no. Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ. Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no. Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusuadua ana firi Yoɛl, Samuel, Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa, Suf, Elkana, Mahat, Amasai, Elkana, Yoɛl, Asaria, Sefania, Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora, Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase; Herman abadiakyire a ɔdi ɛkan no din de Asaf, a na ɔfiri Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea, Mikael, Baaseia, Malkia, Etni, Serah, Adaia, Etan, Sima, Simei, Yahat, Gersom ne Lewi ase. Herman abadiakyire a ɔtɔ so mmienu no din de Etan, a na ɔfiri Merari abusua mu. Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi, Maluk, Hasabia, Amasia, Hilkia, Amsi, Bani, Semer, Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase. Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no nso, wɔmaa wɔn dwuma ahodoɔ bi dii wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛyɛ Onyankopɔn fie no mu. Aaron ne nʼasefoɔ nko na wɔsom sɛ asɔfoɔ. Na wɔde afɔrebɔdeɛ gu ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ohwam afɔrebukyia so, na wɔdi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose de maa wɔn no so yɛɛ mpatadeɛ maa Israel. Na Aaron asefoɔ yɛ: Eleasa, Pinehas, Abisua, Buki, Usi, Serahia, Meraiot, Amaria, Ahitub, Sadok ne Ahimaas. Yei ne abakɔsɛm a ɛfa nkuro ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefoɔ a wɔfiri Kohat abusua mu no. Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho. Nanso, kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. Enti, saa nkuro yi a mmoa adidibea atwa ebiara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefoɔ: Hebron a ɛyɛ dwanekɔbea kuro, Libna, Yatir, Estemoa, Hilen, Debir, Asan, Yuta ne Bet-Semes. Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot firii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho. Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefoɔ. Na Kohat asefoɔ a wɔkaeɛ no nso, wɔnyaa nkurotoɔ edu a wɔnam ntontobɔ kronkron so firii Manase abusua fa no asase so. Gerson asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wɔnyaa bi nso firii Basan pɔ mu a ɛyɛ Manase dea, a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no. Merari asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so. Enti, Israelfoɔ de saa nkuro yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifoɔ. Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkuro a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so maeɛ sɛdeɛ wɔaka dada no. Saa nkurotoɔ yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefoɔ nya firii Efraim asase so: Sekem a ɛyɛ dwanekɔbea kuro a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so, Geser, Yokmeam, Bet-Horon, Ayalon ne Gat-Rimon. Kohat asefoɔ nkaeɛ no, wɔde saa nkurotoɔ a ɛfiri Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho. Gerson asefoɔ nyaa kuro a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no firii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho. Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat, Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho. Aser asase so, wɔnyaa Masal, Abdon, Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho. Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho. Merari asefoɔ nkaeɛ no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkuro firi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka ebiara ho. Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wɔnyaa Beser a ɛyɛ anweatam kuro, Yahas, Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho. Na Gad asase so nso, wɔnyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim, Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka ebiara ho. Na Isakar mmammarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron. Tola mmammarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia (22,600). Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmammarima din de: Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree. Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu. Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael. Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu. Na Beker mmammarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu (20,200) wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa. Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmammarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu (17,200). Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim. Na Naftali mmammarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ. Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead. Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara. Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem. Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ. Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla. Na Semida mmammarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam. Efraim asefoɔ ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat, Sabad ne Sutela. Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no. Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ. Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti. Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera. Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan Ladan, Amihud, Elisama, Nun ne Yosua. Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so. Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so. Na Aser mmammarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera. Na Beria mmammarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no. Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua. Na Yaflet mmammarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat. Na Semer mmammarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram. Na ne nuabarima Helem mmammarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal. Na Sofa mmammarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra, Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera. Na Yeter mmammarima din de: Yefune, Pispa ne Ara. Na Ula mmammarima din de: Arah, Haniel ne Risia. Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin. Benyamin mmammarima na ɛdidi soɔ yi: Bela (abakan), Asbel, Ahra, Noha ne Rafha. Bela mmammarima yɛ: Adar, Gera, Abihud, Abisua, Naaman, Ahoa, Gera, Sefufan ne Huram. Ehud mmammarima, mmusua ntuanofoɔ, a na wɔte Geba a wɔpamoo wɔn firii hɔ kɔɔ Manahat nie: Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na ɛberɛ a wɔretu no, ɔdii wɔn anim. Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so. Ne yere foforɔ Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam, Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmammarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofoɔ. Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dada. Elpaal mmammarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraaseɛ no, Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a na wɔte Ayalon, na wɔpamoo ɔmanfoɔ a wɔte Gat no. Beria mmammarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot, Sebadia, Arad, Eder, Mikael, Yispa ne Yoha. Elpaal mmammarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, Ismerai, Yislia ne Yobab. Simei mmammarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi, Elienai, Siletai, Eliel, Adaia, Beraia ne Simrat. Sasak mmammarima yɛ Yispan, Eber, Eliel, Abdon, Sikri, Hanan, Hanania, Elam, Antotia, Yifdeia ne Penuel. Yeroham mmammarima yɛ: Samserai, Seharia, Atalia, Yaaresia, Elia ne Sikri. Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem. Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, Gedor, Ahio, Seker, ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem. Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal. Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika. Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas. Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel. Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma. Na Asel nuabarima Esek wɔ mmammarima baasa a wɔne Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa. Ulam mmammarima nyinaa yɛ akofoɔ a wɔakwadare wɔ akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ. Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ. Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ: Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ. Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima. Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ. Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima; Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ. Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ. Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin; Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso yɛ Mesulam babarima, na ɔno nso yɛ Sadok babarima, na ɔno nso yɛ Meraiot babarima, na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin. Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso yɛ Pashur babarima, na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso yɛ Yahsera babarima, na ɔno nso yɛ Mesulam babarima, a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima, na ɔno nso yɛ Imer babarima. Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie. Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni; Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso yɛ Asaf babarima, Obadia a ɔyɛ Semaia babarima, a ɔyɛ Galal babarima, na ɔno nso yɛ Yedutun babarima, ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so. Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin. Kane no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifoɔ atenaeɛ apono ano ahwɛfoɔ. Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan wɔ Awurade atenaeɛ hɔ no. Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho. Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano. Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne dumienu (212) a na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔ wɔn nkuraaseɛ. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ. Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano. Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ. Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadie mu. Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so. Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no. Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera. Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so. Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma. Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde bɔ afɔdeɛ no. Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no. Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso yɛ Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti. Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu. Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka, a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem. Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal. Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika. Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas. Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel. Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma. Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii wɔ bepɔ Gilboa so. Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. Ɔko no ano yɛɛ den wɔ Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie. Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho. Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho. Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu wɔ hɔ ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ. Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no. Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so. Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho. Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson. Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ, wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa. Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ” Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no. Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ. Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no. Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene. Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no. Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no. Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho. Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no. Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu. Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni. Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ. Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn. Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem. Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.” Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ. Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no. Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene. Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem; Samot a ɔfiri Harori; Heles a ɔfiri Pelon; Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa; Abieser a ɔfiri Anatot; Sibekai a ɔfiri Husa; Salmon a ɔfiri Ahoa; Maharai a ɔfiri Netofa; Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled; Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton; Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ɔfiri Araba. Asmawet a ɔfiri Baharum; Eliahba a ɔfiri Saalbon. Hasem mmammarima a wɔfiri Gison; Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar. Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar; Ur babarima Elifar. Hefer a ɔfiri Mekera; Ahiya a ɔfiri Pelon. Hesro a ɔfiri Karmel; Esbai babarima Naarai. Natan nuabarima Yoɛl; Hagri babarima Mibhar. Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ); Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri; Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad; Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho; Maaka babarima Hanan; Yosafat a ɔfiri Mitna; Usia a ɔfiri Astera; Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel; Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis; Eliel a ɔfiri Mahawi; Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ɔfiri Moab; Eliel ne Obed; Yaasiel a ɔfiri Soba. Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ: Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot; Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu; Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera; Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif; Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ; Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor. Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe. Eser na na ɔtua wɔn ano. Obadia yɛ abadiakyire. Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa. Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana. Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia. Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson. Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron. Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako. Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko. Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ. Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ. Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.” Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ, “Yɛyɛ wo dea, Dawid! Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ, ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.” Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu. Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.” Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano. Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu. Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ. Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no. Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea. Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha. Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia (4,600). Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase. Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho. Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara. Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu. Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene. Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso. Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn. Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea. Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko. Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa. Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so. Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.” Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ. Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra. Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba. Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan. Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim. Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa sɛ ɔretene Apam Adaka no. Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara. Dawid bo fuiɛ, ɛfiri sɛ Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de bɛsi ɛnnɛ. Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie wɔ Gat. Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa. Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ. Na Dawid hunuu sɛ Awurade de no asi Israel so ɔhene, na ɛsiane Israel enti, wayɛ nʼahennie kɛseɛ. Afei, Dawid waree mmaa bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree. Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, Yibhar, Elisua, ne Elifelet, Noga, Nefeg ne Yafia, Elisama, Beeliada ne Elifelet. Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa. Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.” Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa. Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ. Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. Na sɛ mote nnyegyeeɛ bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase wɔ baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu.” Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser. Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid. Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.” Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no. Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no: Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni. Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ahanu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano. Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha ne aduasa (130), a Yoɛl da wɔn ano. Na Elisafan asefoɔ yɛ ahanu (200) a Semaia da wɔn ano. Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel yɛ wɔn ntuanoni. Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni. Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no. Esiane sɛ, kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. Na Lewifoɔ no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom. Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim. Wɔyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel. Wɔyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no. Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti. Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. Na ɛsiane sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ. Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso. Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem. Na ɛberɛ a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu. Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim. Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu. Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim. Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ: Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ. Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. Monkae anwanwadeɛ a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ. Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, Ao Yakob mma a wapa wɔn. Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn; nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa. Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no. Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak. Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ; “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.” Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. Wɔfirii aman so kɔɔ aman so, firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ; “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo, na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.” Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade ! Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa. Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu. Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara. Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie! Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro! Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ. Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade ! Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu. Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim. Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, “ Awurade yɛ ɔhene!” Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no. Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue. Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ nyɛ ayɛyie Awurade anim! Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn. Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurisie akamfo wo.” Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade. Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ. Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ. Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.” Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ. Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ. Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.” Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.” Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu. Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena. Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?” ’ “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea. Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so. Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ. “ ‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ. Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den. Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ. Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no. Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ” Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu? Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn! “Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa. Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi. “Ao Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo! Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn. Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn. “Ao Awurade, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘ Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim. “Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa. Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!” Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase. Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no. Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ. Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu. Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu. Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree. Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek. Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ. Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie. Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ no so panin. Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ. Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ. Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.” Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no, Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn. Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ. Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho. Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. Amonfoɔ akodɔm no bɛgyinagyinaa kuro no ɛpono ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa ɛserɛ no so. Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɛsɛ dɔm no anim kyerɛ ne so wɔ nʼanim ne nʼakyi no, ɔyii nʼakodɔm no mu akofoɔ a wɔnim ako no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfoɔ no a wɔgyinagyina ɛserɛ so no. Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so sɛ, “Sɛ Amonfoɔ no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo. Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.” Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ so no, wɔfirii aseɛ dwaneeɛ. Na Amonfoɔ hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab sane kɔɔ Yerusalem. Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ enti, wɔfrɛɛ Aram akodɔm foforɔ firii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa akodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser akodɔm nyinaa sahene ase no baeɛ. Ɛberɛ a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakodɔm no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfoɔ no de ɔko hyehyɛɛ so, maa wɔko tiaa no. Ɛha nso, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne anammɔntwa asraadɔm ɔpeduanan a Sofak a ɔyɛ akodɔm no sahene no ka ho. Hadadeser asomfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ bio. Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu. Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem. Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ. Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no. Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn. Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ. Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano.” Na Yoab kaa sɛ, “ Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?” Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda. Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete. Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.” Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ” Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.” Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.” Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ. Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.” Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ. Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene Dawid reba ayuporobea hɔ no, ɔfiri hɔ kɔkotoo nʼanim. Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.” Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.” Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.” Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no. Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu. Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu. Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no. Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo. Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada. Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu. Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn. Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam. Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel. Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’ “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi. Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi. Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu. “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree. Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.” Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu. Ɔkaa sɛ, “ Awurade, wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa. Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.” Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene. Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase. Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe. Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.” Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so. Gerson mmammarima ne: Libni ne Simei. Libni asefoɔ no mu baasa yɛ: Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl. Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ. Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran. Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ. Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho. Amram mmammarima yɛ: Aaron ne Mose. Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa. Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho. Mose mmammarima no yɛ Gersom ne Elieser. Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho. Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin. Na Rehabia mmammarima yɛ bebree. Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho. Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin, Amaria a ɔdi hɔ, Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no ne Hebron mmammarima no. Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi hɔ no yɛ Usiel asefoɔ no. Na Mahli ne Musi yɛ Merari mmammarima. Mahli mmammarima ne: Eleasa ne Kis. (Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.) Musi mmammarima baasa no din de: Mahli, Eder ne Yeremot. Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som. Na Dawid kaa sɛ, “ Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem. Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom. Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie. Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim. Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie. Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ. Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ. Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso. Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ. Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi: Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia. Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim. Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin. Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Abia. Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Sekania. Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Yakim. Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Yesebeab. Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Imer. Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises. Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Yeheskel. Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul. Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia. Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no. Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ: Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael. Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia. Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia. Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot. Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat. Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne: Yeria; Amaria ne nʼabadiakyire, Yahasiel na ɔtɔ so mmiɛnsa na Yekameam tɔ so ɛnan. Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika. Mika asefoɔ ntuanoni ne Samir ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefoɔ ntuanoni ne Sakaria. Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi. Yasia asefoɔ ntuanoni ne Beno. Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri. Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no. Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel. Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim. Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi: Na Asaf mmammarima no nie: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Na Heman mmammarima din nie: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot. Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa. Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ. Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani. Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Sakur, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Yisri, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Netania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Bukia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Yesarela, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Yesaia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Matania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Simei, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Asarel, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Hasabia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Matitia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Yeremot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Hanania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Maloti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Eliata, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gidalti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Mahasiot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Romamti-Eser, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo: Korafoɔ mu no: yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu. Meselemia mmammarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu, Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan. Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia, ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson. Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu, Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan, Netanel a ɔtɔ so enum, Amiel a ɔtɔ so nsia, Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree. Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu. Na wɔn edin ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ. Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma. Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie. Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu. Na ne mmammarima no bi ne: Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Sakaria tɔ so ɛnan. Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13). Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no. Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ. Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa. Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa. Anafoɔ ɛpono no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so. Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so. Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn. Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho, baanan kɔ atifi ɛpono no ho, baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho. Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ. Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu. Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so. Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano. Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so. Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ. Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so. Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot. Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no. Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie. Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa. Yishar abusua mu na Kenania firi. Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa. Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ. Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni. (Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu. Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.) Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabadiakyire. Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire. Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ. Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia; Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok; Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri; Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot; Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl; Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel; Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ. Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu. Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so. Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so. Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so. Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so. Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo. Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so. Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so. Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so. Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so. Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ. Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ. Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo. Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so. Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene. Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no. Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi, nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’ “Nanso, Awurade, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene. Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’ “Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa. “Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.” Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo. Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ. Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia. Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so. Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no. Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara. Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ Awurade Adaka no so. Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde twerɛ maa me.” Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.” Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Onyankopɔn no ankasa dea. Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ. Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho. Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim, ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama Awurade ɛnnɛ?” Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ. Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie. Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Ao Awurade, yɛn agya Israel Onyankopɔn, ayɛyie nka wo daa nyinaa. Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden. Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no. “Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio. Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba. Ao, Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.” Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim. Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ. Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Na Salomo tenaa Awurade ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no. Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo. Na Awurade pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya. Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem. Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu. Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ. Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso. Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa. Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no. Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ. Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so. Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!” Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene. Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti, mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.” Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so. Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem. Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no. Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia. Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo. Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso. Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim. Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no. Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. “Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara. Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no. “Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma. “Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. Asɔredan a merebɛsi no kɛseɛ ne ne fɛ a ɛbɛyɛ enti, nnua bebree ho bɛhia me. Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.” Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene. “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama Awurade ne ahemfie ama nʼankasa ho. “Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma. “Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra. Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.” Salomo kan ahɔhoɔ dodoɔ a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ deɛ nʼagya kenkanee nnipa no. Ɔnyaa nnipa ɔpeha aduonum mmiɛnsa ne ahansia (153,600). Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson (70,000) yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim. Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no. Salomo dii adeɛ no, ne mfeɛ ɛnan so, Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wɔhyɛɛ ɛdan no sie ase. Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem atweeɛmu yɛ anammɔn aduɔkron, ɛnna ne tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn aduasa. Ntwonoo a ɛwɔ Asɔredan no anim tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Afasuo a ɛwɔ ntwonoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwonoo no ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduasa. Pepeaa nnua na wɔde samm Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ amapa guu so, dii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinnie wɔ so. Aboɔdemmoɔ a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛfiri Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasuo ho. Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho. Na Kronkron mu Kronkron hɔ tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, nʼatweeɛmu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ amapa bɛyɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmiɛnsa na wɔde guu so. Sikakɔkɔɔ nnadewa a ebiara kari bɛyɛ gram ahanum ne aduɔson enum (575) na wɔde dii ɛdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ amapa na wɔde guu soro adan no afasuo ani. Salomo yɛɛ Kerubim sɛso mmienu, de sikakɔkɔɔ amapa guu ho. Wɔde yeinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia. Saa ara nso na Kerubim a ɔtɔ so mmienu no ataban baako mu ntrɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, na ɛpem Asɔredan no ɔfasuo a ɛne ɔfasuo baako no di nhwɛanim. Ataban baako a aka no nso ntrɛmu a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛhyia Kerubim a ɛdi ɛkan no ataban baako. Enti, na Kerubim mmienu no ntaban mu ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu. Salomo de ntwamutam a ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwono Kerubim nsɛsodeɛ agu mu, sɛnee Kronkron mu Kronkron no kwan ano. Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Na ntaasoɔ kata emu biara atifi a ɛno nso ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa. Ɔyɛɛ ntweaban nsosɔmu, de siesiee afadum no atifi. Ɔsane yɛɛ ateaa aba nsɛso fɛfɛ de sosɔɔ ntweaban no mu. Afei, ɔde afadum mmienu no sisii Asɔredan no ano ɛkwan ano. Ɔde baako sii ɛkwan no anafoɔ fam no ano, ɛnna ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no edin Yakin, ɛnna deɛ ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no edin Boas. Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum. Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no. Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum. Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi. Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no. Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha. Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ. Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ. Afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no, ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no). Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so, Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ, nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano. Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia; apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so; kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no; nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa; nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ amapa; apono a wɔtintim wɔ ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa. Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu. Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi wɔ Dawid kuro a na wɔsane frɛ hɔ Sion no, de kɔ beaeɛ foforɔ wɔ Asɔredan no mu hɔ. Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim. Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu. Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim. Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ, de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase. Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. Na nnua no woware yie; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na biribiara nni adaka no mu sɛ aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb wɔ ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no. Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho. Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho. Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade sɛ: “Ɔyɛ! Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma. Afei, Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, woaka sɛ, wobɛtena omununkum kusuu mu. Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ.” Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, ‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim. Nanso, afei, mayi Yerusalem sɛ kuropɔn, ne Dawid sɛ ɔhene.’ ” Afei, Salomo kaa sɛ, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔsi saa Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam nanso, ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’ “Na afei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, masi mʼagya anan mu sɛ ɔhene. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfoɔ yɛeɛ no hyɛ.” Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim. Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa. Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu. “Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’ Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ Dawid no so. “Ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo. Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Tie osufrɛ ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ no. Hwɛ saa Asɔredan yi so, beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpaeɛ a mebɔ wɔ ha no. Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ adebisa a me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ ha de to wʼanim no. Aane, tie yɛn firi soro baabi a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ. “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a, tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no. “Sɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔn atamfoɔ di wɔn so nkonim na wɔsane ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu a, tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. “Sɛ wo nkurɔfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔto ɔsoro mu na osuo antɔ na wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a, tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so. “Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no, sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, tie firi ɔsoro deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfoɔ no ma wɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara na wonim onipa akoma mu. Ɛno akyi wɔbɛsuro wo na wɔanante wʼakwan so mmerɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so. “Na sɛ ananafoɔ te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no, na wɔfiri akyirikyiri bɛsom wo din kɛseɛ no, bɔ mpaeɛ de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, tie firi soro deɛ wote hɔ, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahunu, asuro wo, sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masie yi so. “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ sɛ wɔmfiri adi nkɔko ntia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ wo mpaeɛ firi kuro yi a woayi, ne saa asɔredan yi a masi de wo din ato so yi mu a, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn ama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’ na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a, tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn. “Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no wɔ ha no nyinaa. “Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea, a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abɛsi no. “Ao Awurade Onyankopɔn, ma nkwagyeɛ mmra wʼasɔfoɔ so, na wʼahotefoɔ nnya wʼayamyɛ mu anigyeɛ. “Ao Awurade Onyankopɔn, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so. Kae ɔdɔ a ɛtoɔ ntwa da, a wode dɔɔ wo ɔsomfoɔ Dawid no.” Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na Awurade animuonyam ahyɛ hɔ ma. Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na Awurade animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree Awurade kamfoo no sɛ, “Ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔhene Salomo de anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu baeɛ sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Enti, ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ. Na afei, Salomo buee adihɔ mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔahye sradeɛ a ɛfiri asomdwoeɛ afɔdeɛ mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na wasi no, na ɛsua ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne sradeɛ afɔdeɛ nyinaa no. Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no. Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie. Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfie no sie. Ɔwiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mate wo mpaeɛbɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ beaeɛ a wɔmmɔ afɔdeɛ. “Ɛtɔ ɛda a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osuo rentɔ, anaa ebia mɛma ntutummɛ abɛsɛe mo mfudeɛ anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ. Mpaeɛ biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, mɛtie, ɛfiri sɛ, mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fie daa daa. Mʼaniwa ne mʼakoma bɛtena ha daa. “Na wo deɛ, sɛ wodi mʼakyi sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na wotie mʼahyɛdeɛ, di me mmara nyinaa so a, meremma obiara mfa wʼahennwa nkɔ. Saa bɔ korɔ yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid wɔ ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Meremma onipa a ɔbɛdi Israel so ɔhene mmɔ no no.’ “Nanso, sɛ wogya me, na wobu mmara ne ahyɛdeɛ a mahyɛ wo no so, na wokɔsom anyame foforɔ a, ɛnneɛ, mɛtutu Israelfoɔ ase afiri mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din animuonyam no. Mɛyɛ no ahohoradeɛ ama aman nyinaa ahunu. Ɛwom, saa asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ atantanneɛ ama wɔn a wɔtwa mu hɔ no. Wɔbɛbisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sei aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ” Salomo dii ɔhene no, ne mfeɛ aduonu so na ɔwiee Awurade Asɔredan sie dwumadie kɛseɛ ne nʼankasa ahemfie no sie. Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkuro a ɔhene Huram de ama no no so. Ɔsiesiee nkuro no, na ɔmaa Israelfoɔ no kɔtenatenaa mu. Saa ɛberɛ yi ara mu nso na Salomo ko tiaa kuro Hamat-Soba, dii so nkonim. Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ ɛserɛ so, na ɔkyekyeree nkuro wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafoɔ Bet-Horon ho ban. Ɔsane too wɔn afasuo no, de apono a wɔbram akyire totoo ano. Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Na saa nnipa no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman a Israel ntɔree wɔn ase korakora no asefoɔ. Ɛno enti, Salomo hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔsom sɛ apaafoɔ. Nanso, Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafoɔ, mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafoɔ so asahene. Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahanu aduonum maa wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsoɔnnwuma so. Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.” Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wasi wɔ Asɔredan no abankua no anim no so, maa Awurade. Ɛda biara, na wɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Mose hyɛɛ wɔn no. Afahyɛ ahodoɔ a wɔdiiɛ no bi ne Homeda, Ɔbosome Foforɔ Ɛda, ne mfirinhyia mmiɛnsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwaberɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. Salomo de asɔfoɔ no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifoɔ no dii ɔmanfoɔ no anim too ayɛyie nnwom, na wɔboaa asɔfoɔ no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ akuakuo no sisii wɔn apono ano sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa no kyerɛɛ wɔn no. Salomo ankwae amfiri akwankyerɛ a Dawid maeɛ a ɛfa asɔfoɔ, Lewifoɔ ne sikakorabea ho no. Na Salomo hwɛɛ sɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho firi da a wɔtwaa ne fapem, kɔsi da a wɔde wiee sie no adi mu. Akyire no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ mpoano hɔ. Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo. Ɛberɛ a Seba Ɔhemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyie yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfoɔ bebree, nyoma pii a wɔahyehyɛ nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ wɔ wɔn so na ɛbaeɛ. Ɔhyiaa Salomo no, wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ. Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no, ne ho dwirii no. Ɔhunuu nnuane a ɛsisi ne didipono so no, sɛdeɛ watoto nʼadwumayɛfoɔ ne ntadeɛ fɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔfiri ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa deɛ woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokorɛ. Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa. Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu? Awurade, wo Onyankopɔn yɛ kɛse ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi ahennwa so sɛ di ɔhene ma no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahennie yi tena afebɔɔ; wasi wo ɔhene sɛdeɛ wode nokorɛ ne atɛntenenee bɛbu ɔman no.” Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ a ɛkari tɔno 4 ne nnuhwam pii ne aboɔdemmoɔ. Seba Ɔhemmaa nnuhwam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da. Ɛberɛ a Huram hyɛnmufoɔ ne Salomo nkurɔfoɔ de sikakɔkɔɔ firi Ofir baeɛ no, wɔde abako nnua pa bebree ne aboɔdemmoɔ kaa ho baeɛ. Ɔhene no de abako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfie no ntrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ nsankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefoɔ no. Na saa nnwontodeɛ no so bi mmaa da wɔ Yuda. Biribiara a Seba Ɔhemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara, na ɛboro deɛ ɔhemmaa de brɛɛ noɔ no so. Afei, ɔhemmaa no ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn ankasa asase so. Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno aduonu enum. Na sika a ɔnya firi adwadifoɔ nkyɛn no nka yei ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Ɔhene Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akokyɛm akɛseɛ ahanu a wɔde hamre boroeɛ, na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru boro kilogram nson. Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu. Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho. Na ahennwa no wɔ ntrapoe nsia a wɔde sikakɔkɔɔ nantiasoɔ afam ho. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahennwa no ho. Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho. Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi. Na ɔhene no wɔ adwadie ahyɛn a emu adwumayɛfoɔ yɛ Huram asomfoɔ. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa brɛ ɔhene no. Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ. Na Salomo wɔ mpɔnkɔdan mpemnan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne mpɔnkɔ mpem dumienu. Ɔde mu fa kɛseɛ no kɔɔ nkuro a ne nteaseɛnam wɔ mu mu, ɛnna ɔmaa ebi nso bɛnee no wɔ Yerusalem. Ɔdii ɔhene, bunkam faa ahemfo nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate ano de kɔsi Filistifoɔ asase ne Misraim hyeɛ so. Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so. Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so. Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu odiyifoɔ Natan nwoma, Ahiya a ɔfiri Silo adiyisɛm ne nhunumuni Ido anisoadehunu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu. Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so ɔhene mfeɛ aduanan. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene. Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ, ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim. Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.” Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ. Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” Mpanimfoɔ yi buaa sɛ, “Sɛ woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ.” Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?” Mmeranteɛ no buaa sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’ Aane, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.” Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo, na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!” Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie. Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.” Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie. Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene. Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ. Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa. Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia sɛ, “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene wɔ Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi kɔ efie, ɛfiri sɛ, me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’ ” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam. Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den. Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, Bet-Sur, Soko, Adulam, Gat, Maresa, Sif, Adoraim, Lakis, Aseka, Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin. Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã wɔ kuropɔn biara so. Ɔde akokyɛm ne mpea siee wɔ saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa. Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ, Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfoɔ. Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ. Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no. Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no. Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso. Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia. Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene. Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara. Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu. Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so. Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ. Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee sɛ ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so. Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.” Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “ Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!” Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so. Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.” Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho. Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so. Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu. Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so. Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon. Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri sɛ, wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan. Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel no, ne mfeɛ dunwɔtwe so, na Abia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda. Ɔdii ɔhene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ɔfiri Gibea no babaa. Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam. Ɔhene Abia de akofoɔ akɛseɛ mpem ahanan dii Yuda anim, kɔhyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeha nwɔtwe afiri Israel. Ɛberɛ a Yuda akodɔm no duruu Efraim mmepɔ nsase no so no, Abia gyinaa bepɔ Semaraim so, teaam kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfoɔ akodɔm no sɛ, “Montie me! Monnim sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahennwa maa ɔne nʼasefoɔ afebɔɔ? Nanso, Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo ɔsomfoɔ teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafoɔ. Na ɛmaa ahuhufoɔ dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na ɛsiane sɛ na ɔnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu biara enti, wantumi annyina ne wɔn anni asie. “Wogye di yie sɛ wobɛtumi agyina, atia Awurade ahennie a Dawid asefoɔ tua ano? Wʼakodɔm no so yie. Nantwie mma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛeɛ ne mo anyame. Woapam Awurade asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, na woahyɛ wʼankasa asɔfoɔ te sɛ abosomman no pɛ. Ɛnnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfoɔ. Obiara a ɔde nantwie ba ne nnwennini nson bɛba sɛ wɔnnyina so nhyɛ no ɔsɔfoɔ no, ɔtumi bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma saa mo anyame no. “Na yɛn deɛ, Awurade ne yɛn Onyankopɔn, na yɛnnyaa no da. Aaron asefoɔ nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfoɔ, na Lewifoɔ nko ara na wɔtumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadie mu. Wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne ɔhyeɛ aduhwam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummerɛ. Wɔde Hyiadan mu Burodo no to ɛpono kronkron no so, na daa anwummerɛ, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagya no. Enti, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifoɔ. Nʼasɔfoɔ hyɛn wɔn totorobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Ao Israelfoɔ, monnko ntia Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na morenni nkonim.” Nanso, na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakodɔm a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtɛ wɔn. Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ wɔfiri wɔn anim ne wɔn akyi ato ahyɛ wɔn so no, wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto, na Yuda mmarima no hyɛɛ aseɛ teateaam. Wɔn ko no mu nteateamu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel akodɔm no guiɛ, wɔ Abia ne Yuda akodɔm anim. Israel akodɔm no dwane firii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim. Abia ne nʼakodɔm kunkumm Israel akodɔm no bebree. Ɛda no, wɔn a wɔtotɔɔɛ wɔ Israel akodɔm a wɔdi mu no yɛ mpem ahanum. Na Yuda dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no so. Abia ne nʼakodɔm kɔɔ so taa Yeroboam akodɔm no, faa wɔn nkuro no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurotoɔ. Enti, ɛberɛ a Abia te ase no deɛ, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyire no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ. Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmammarima aduonu mmienu ne mmaa dunsia. Abia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne ne nsɛm ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Odiyifoɔ Ido Nkyerɛmu Nwoma mu. Ɛberɛ a Abia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Asomdwoeɛ baa asase no so mfeɛ edu, ɛfiri sɛ, Asa yɛɛ deɛ ɛfata na ɛyɛ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, ani so. Ɔtutuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia ne wɔn abosonnan nyinaa guiɛ. Ɔdwirii wɔn afadum, twitwaa Asera afɔrebukyia nyinaa. Ɔhyɛɛ ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda sɛ, wɔnhwehwɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn na wɔnni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so. Asa sane bubuu abosonnan ne nnuhwam afɔrebukyia firii Yuda nkuro nyinaa mu. Ɛno enti, wɔnyaa asomdwoeɛ wɔ Asa ahennie mu. Saa asomdwoeɛ mfeɛ no mu no, ɔtumi siesiee banbɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa ɛberɛ yi, ɛfiri sɛ, na Awurade rema no ahomegyeɛ wɔ nʼatamfoɔ nsam. Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ. Na ɔhene Asa wɔ akofoɔ ɔpehasa a wɔfiri Yuda abusuakuo mu a wɔwɔ akokyɛm ne mpea akɛseɛ. Afei, na ɔwɔ akofoɔ ɔpehanu aduɔwɔtwe a wɔfiri Benyamin abusua mu a wɔkurakura akokyɛm ne agyan nketewa. Na akofoɔ akokoɔdurufoɔ wɔ saa akodɔm mmienu yi mu. Ɛberɛ bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de akodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahasa, kɔto hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ kɔduruu Maresa kuropɔn mu. Asa nso boaa nʼakodɔm ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bɔnhwa mu a ɛbɛn Maresa. Asa teaam, frɛɛ Awurade ne Onyankopɔn sɛ, “Ao Awurade, wo nko ara na wobɛtumi aboa deɛ ɔyɛ mmrɛ na watumi ako atia ɔhoɔdenfoɔ! Boa yɛn, Ao, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara ne yɛn anidasoɔ. Wo din mu na yɛrehyia ɛdɔm kɛseɛ yi. Ao, Awurade, woyɛ yɛn Onyankopɔn, na mma ɛkwan mma nnipa teta nnsɔre ntia wo!” Na Awurade dii Etiopiafoɔ no so nkonim wɔ Asa ne Yuda akodɔm no anim, na atamfoɔ no dwaneeɛ. Asa ne nʼakodɔm taa wɔn ara kɔsii Gerar, maa Etiopiafoɔ no bebree totɔeɛ a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakodɔm dwerɛɛ wɔn, na Yuda akodɔm no nyaa afodeɛ bebree kɔeɛ. Ɛberɛ a wɔwɔ Gerar no, wɔto hyɛɛ nkuro a ɛwɔ beaeɛ hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awieeɛ no, wɔnyaa afodeɛ bebree wɔ saa nkuro no so nso. Wɔsane to hyɛɛ mmoahwɛfoɔ atenaeɛ, kyekyeree nnwan ne nyoma, ansa na wɔresane akɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, na ɔpue kɔhyiaa ɔhene Asa a ɔfiri akono reba no. Ɔteaam guu Asa so sɛ, “Tie me, Asa, Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa montie. Mmerɛ dodoɔ a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Ɛberɛ biara a mobɛhwehwɛ noɔ no, mobɛhunu no. Nanso sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo. Teteete no, na Israel nni nokorɛ Onyankopɔn, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔnni Onyankopɔn mmara nso. Nanso, ɛberɛ biara a mobɛkɔ ahohiahia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Onyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, mohunu no. Saa esum berɛ no mu, na akwantuo yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. Akodie baa Ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, ɛfiri sɛ Awurade maa ɔhaw ahodoɔ bebree baa mo so. Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.” Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no. Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho. Ɛrekɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa awieeɛ no mu a na Asa adi adeɛ mfeɛ dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa ɛda no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔdeɛ. Na mmoa no dodoɔ yɛ anantwie ahanson a nnwan ne mpɔnkye nso dodoɔ yɛ mpem nson. Afei, wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn. Wɔpenee so sɛ, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no, wɔbɛkum no, sɛ ɔnnyiniiɛ anaa wanyini, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa. Wɔhyɛnee ntotorobɛnto ne mmɛn dendeenden, de dii Awurade nokorɛdie ntam no ho adanseɛ. Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu na ɛyɛeɛ. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wɔhunuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegyeɛ firii wɔn atamfoɔ a wɔwɔ afanan nyinaa nsam. Mpo ɔhene Asa tuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, ɔsii Asera afɔrebukyia a ɛyɛ atantanneɛ. Ɔtwaa dua no, bubuu mu, hyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu. Ɛwom sɛ wɔantutu abosonsom asɔreeɛ no nyinaa amfiri Israel deɛ, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwa nna nyinaa. Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu. Enti, ɔko ansi bio kɔsii Asa adedie afe a ɛtɔ so aduasa enum no so. Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu. Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: “Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.” Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so. Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no. Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban. Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya Awurade wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so. Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. Awurade aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.” Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so. Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu. Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa. Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ. Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam. Na Asa babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina Israel ntohyɛsoɔ biara ano. Ɔduaduaa akodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraadɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkuro a nʼagya Asa adi so nkonim no so. Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no. Ɔhwehwɛɛ nʼagya Onyankopɔn, na ɔdii nʼahyɛdeɛ so a wanni Israel ahennie mu nneyɛeɛ no akyi. Enti, Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahennie no timiiɛ. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛdeɛ, maa ɔyɛɛ ɔdefoɔ, na wɔde anidie maa no. Ɔfiri nʼakoma nyinaa mu nantee Awurade akwan so. Ɔbubuu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔsɛee Asera afɔrebukyia no. Yehosafat ahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔsomaa ne mpanimfoɔ maa wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so. Ne mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. Ɔsomaa Lewifoɔ a wɔn din didi soɔ yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso. Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim wɔ nwoma no mu de kyinii Yuda nkuro nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no. Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahennie a atwa ahyia no nyinaa so, enti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. Filistifoɔ no bi brɛɛ no akyɛdeɛ ne dwetɛ sɛ apeatoɔ, na Arabfoɔ brɛɛ no nnwennini mpem nson ne ahanson ne mpapo mpem nson ne ahanson. Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara maa ɔsisii aban ne nnuane akoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa (300,000) a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn sahene. Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe (280,000) so. Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu (200,000) so sahene. Benyamin abusua akodɔm no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu (200,000) a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre. Deɛ ɔdi hɔ ne Yehosabad a ɔtua asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔamia ama ɔko. Yeinom ne akodɔm a wɔtenaa Yerusalem somm ɔhene no, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu. Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa. Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.” Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.” Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim.” Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ sɛ mebisa no asɛm korɔ no ara.” Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.” Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!” Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.” Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ ɔbɛdi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho bɔ.” Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.” Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Mikaia buaa sɛ, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho wɔ nyam.” Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?” Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu no, mehunuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ efie asomdwoeɛ mu.’ ” Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ na ɔka kyerɛ me.” Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka! Mehunuu sɛ Awurade te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so. Na Awurade bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakɔtu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ “Adwenkyerɛ bebree baa ho, kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Mɛtumi ayɛ!’ ” Awurade bisaa sɛ, “ ‘Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’ ” Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim. “Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?” Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.” Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas. Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ” Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa!” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, “Monhwɛ asɛm a maka no yie.” Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa. Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.” Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa. Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa. Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ wɔ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne.” Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ. Ɛberɛ a ɔhene Yehosafat duruu ne fie wɔ Yerusalem asomdwoeɛ mu no, Hanani babarima Yehu, ɔdehunumuni no kɔhyiaa no. Ɔbisaa ɔhene Yehosafat sɛ, “Adɛn enti na woboa amumuyɛfoɔ, na wodɔ wɔn a wɔkyiri Awurade? Deɛ woayɛ yi de Awurade abufuo aba wo so. Nanso, ade pa bi wɔ wo mu ɛfiri sɛ woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.” Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ, wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn. Ɔyiyii atemmufoɔ wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no. Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ.” Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Daa, momfa Awurade nyamesuro, nokorɛdie ne adwene pa nyɛ mo adwuma. Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ. “Ɔsɔfopanin Amaria bɛyɛ mo panin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na ɔtua Yuda abusuakuo ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawantawasɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntenenee. Momfa akokoɔduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade tenenee ho.” Yei akyi no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ asraafoɔ bi tuu Yehosafat so sa. Abɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Akodɔm bebree firi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔaduru Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no). Yehosafat tee saa asɛm yi, ne ho yeraa no enti, ɔbisaa Awurade akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade. Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ foforɔ hɔ. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote soro. Wo na wodi ahennie a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfoɔ ne ɔkɛseɛ a obiara ntumi ne wo nni asie. Ao yɛn Onyankopɔn, ɛberɛ a wo nkurɔfoɔ bɛduruiɛ no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no anaa? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefoɔ afebɔɔ anaa? Wo nkurɔfoɔ tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. Wɔkaa sɛ, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, yadeɛ anaa ɛkɔm bi to yɛn a, yɛbɛtumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din animuonyam no. Yɛbɛtumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wobɛtie yɛn, agye yɛn.’ “Na afei, hwɛ deɛ Amonfoɔ, Moabfoɔ ne Seir akodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim wɔ ɛberɛ a Israel firii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. Afei, hwɛ sɛdeɛ wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebɛtu yɛn afiri wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapadeɛ no so. Ao yɛn Onyankopɔn, worensi wɔn ano? Yɛnni ahoɔden sɛ akodɔm kɛseɛ yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛto hyɛ yɛn so yi. Yɛnhunu deɛ yɛnyɛ, na yɛhwɛ ɛkwan sɛ wobɛboa yɛn.” Ɛberɛ a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkɔkoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no, Awurade Honhom baa mmarima a wɔgyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima. Ɔkaa sɛ, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, montie! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Monnsuro. Mommma akodɔm kɛseɛ nntu mo akoma, ɛfiri sɛ, ɔko no nnyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. Ɔkyena, montu ntene nkɔ wɔn so. Mobɛhunu sɛ wɔfiri Sis aforoeɛ a ɛwɔ bɔnhwa no fa a ɛpue Yeruel ɛserɛ no so hɔ reba. Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Monnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdie. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfoɔ. Monnsuro, na mommma mo akoma nntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.” Na ɔhene Yehosafat sii ne tiri ase, na Yuda ne Yerusalem manfoɔ no nyinaa nso yɛɛ saa, de somm Awurade. Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyinaeɛ teaam denden sɔree Awurade, Israel Onyankopɔn. Adeɛ kyee nʼanɔpahema no, Yuda akodɔm no kɔɔ Tekoa ɛserɛ so. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kaa sɛ, “Montie me, mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa. Monnye Awurade, mo Onyankopɔn, nni na mobɛtumi agyina pintinn. Monnye nʼadiyifoɔ no nni, na mobɛdi nkonim.” Ɔhene no ne nnipa no ntuanofoɔ dii nkutaho wieeɛ no, ɔyii nnwomtofoɔ bi sɛ wɔnni akodɔm no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanimuonyam kronkron no enti. Ɛdwom no mu nsɛm nie: “Monna Awurade ase na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Ɛberɛ a wɔpagyaa ayɛyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔ Seir asraafoɔ no twaa wɔn ho koeɛ. Moab ne Amon asraafoɔ no danee wɔn ani kyerɛɛ wɔn adɔmfoɔ a wɔfiri bepɔ Seir so no, kunkumm wɔn nyinaa. Wɔwiee Seir asraafoɔ no, wɔtwaa wɔn ho koeɛ. Na Yuda akodɔm no duruu baabi a wɔgyina a wɔhunu ɛserɛ no so no, wɔhunuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfoɔ no mu baako mpo antumi annwane. Ɔhene Yehosafat ne nʼakodɔm kɔtasee asadeɛ. Wɔnyaa adwumayɛ nneɛma, ntadeɛ ne nneɛma a ɛsom bo a wɔntumi nsoa. Na asadeɛ no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtasee ne nyinaa. Nnanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bɔnhwa mu. Wɔtoo bɔnhwa no din saa da no, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bɔnhwa ɛnnɛ yi. Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn sane kɔɔ Yerusalem anigyeɛ so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfoɔ so nkonim. Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntotorobɛnto tuu nten kɔhyɛnee Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛberɛ a ahennie a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfoɔ no, Awurade ho suro baa wɔn so. Na ɛmaa asomdwoeɛ baa Yehosafat ahennie mu, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn maa no ahomegyeɛ wɔ afanan nyinaa. Na Yehosafat dii ɔhene wɔ Yuda asase so. Ɛberɛ a ɔdii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa enum. Ɔtenaa Yerusalem dii ɔhene mfeɛ aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. Na Yehosafat yɛ ɔhene a ɔyɛ. Ɔyɛɛ deɛ nʼagya Asa yɛeɛ. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wammubu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔmanfoɔ no nso amfa wɔn akoma nyinaa amma wɔn agyanom Onyankopɔn no. Yehosafat ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Hanani babarima Yehu nwoma a wɔde aka Israel Ahemfo nwoma no ho. Nanso, ɛrekɔ nʼasetena awieeɛ no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. Wɔyɛɛ ɛpo so adwadie ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea. Na Dodafahu babarima Elieser a ɔfiri Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako enti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti, ahyɛn no bobɔeɛ a wɔantumi amfa ankɔdi dwa. Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene. Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi. Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ. Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ. Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho. Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ wɔ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame. Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram: “Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so. Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te sɛ deɛ ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo. Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi sɛ wʼayamudeɛ bɛtu apue.’ ” Na Awurade kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so. Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie hɔ a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no. Yei akyi na Awurade maa nsono mu yadeɛ a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no. Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ. Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda. Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia. Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu. Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram. Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no. Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so. Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa. Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so. Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no. Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no. Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no. Atalia dii adeɛ mfeɛ nson no, ɔsɔfoɔ Yehoiada yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔsii ne bo ne asahene baanum, a wɔn ne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. Saa mmarima yi faa esum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda nkuro so sɛ, wɔmmra Yerusalem. Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene. Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na wɔbɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛkɔ ahemfie, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no akɔ Fapem Ɛpono no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a aka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adihɔ ahodoɔ hɔ. Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyire. Mo Lewifoɔ na mobɛbɔ ɔhene ho ban, na mobɛkurakura mo akodeɛ. Sɛ obiara a ɔnni ho kwan wura Asɔredan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no pɛɛ.” Enti, Lewifoɔ no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma obiara ankɔ fie. Na Yehoiada de mpea ne akokyɛm a na ɛyɛ Ɔhene Dawid dea na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. Ɔde awɛmfoɔ no twaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔayɛ wɔn akodeɛ krado. Wɔgyinagyinaa saa so wɔ Asɔredan no anafoɔ fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. Afei, Yehoiada ne ne mmammarima yii ɔhene babarima Yoas baeɛ, na wɔde ahenkyɛ no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nwoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!” Ɛberɛ a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfoɔ reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm korɔ a asi. Na ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntotorobɛnto. Nnwontofoɔ a wɔnam nnwontodeɛ so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfoɔ no anim ahokeka so. Ɛberɛ a Atalia hunuu yei no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!” Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ akodɔm no so no sɛ, “Montwe no mfiri Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, monkum no. Nanso, monnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.” Enti, wɔtwee no de no kɔɔ ɛkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfie hɔ so, kumm no hɔ. Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfoɔ no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kɔbubu guiɛ. Wɔsɛee afɔrebukyia no, dwerɛɛ ohoni no, kumm Baal ɔsɔfoɔ Matan wɔ afɔrebukyia no anim. Yehoiada nam ahyɛdeɛ a Dawid ka too hɔ so, de Lewifoɔ asɔfoɔ sisii Awurade Asɔredan no dwumadie ahodoɔ no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛ wɔn ho, sɛdeɛ Dawid ahyɛ no. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ no sisii Awurade Asɔredan apono ano, sɛdeɛ wɔremma wɔn a wɔn ho nte no nkɔ mu. Afei, asahene, atitire, ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam ɛpono no ano, wuraa ahemfie hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehyeɛ ahennwa no so. Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa ɔman no mu, ɛfiri sɛ, na wɔakum Atalia. Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba. Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa. Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa. Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no. Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko pɛ. Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, Awurade ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no.” Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ bɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni. Enti, afei, Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi. Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade. Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree. Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma. Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa. Wɔsiee no ahemfo asieeɛ wɔ Dawid kurom, ɛfiri sɛ, na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no. Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no sɛ ɔntie wɔn afotuo. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛgya Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne enti. Awurade somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene. Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!” Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Sakaria ho sɛ wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ hɔ. Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne sɛ, “ Awurade nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!” Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene wɔ Damasko. Ɛwom sɛ Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, Awurade boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti Awurade buu atɛn tiaa Yoas. Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no hɔ. Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho sɛ, ɛsiane sɛ ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no wɔ ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na awudifoɔ no yɛ Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima. Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie wɔ Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu. Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no. Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti. Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu. Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie. Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no. Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.” Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?” Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “ Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.” Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie. Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu. Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa. Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree. Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?” Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.” Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.” Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?” Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti. Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano. Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria. Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum. Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. Amasia danee ne ho firii Awurade akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ. Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom. Yuda manfoɔ de Amasia babarima Usia a na wadi mfeɛ dunsia tenaa ahennwa so sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Usia agya wuo akyi no, ɔsane kyekyeree Elot kuro no, na ɔdane maa Yuda. Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia. Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. Sakaria berɛ so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri ɛkwan, ɛfiri sɛ, ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na ɛsiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Awurade akyiri kwan no enti, Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ. Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia. Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no. Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso. Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so. Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so. Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase. Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ. Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara. Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ. Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ. Nanso, ɔnyaa tumi kɛseɛ no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so maa ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyee nnuhwam wɔ afɔrebukyia no so. Ɔsɔfopanin Asaria ne Awurade asɔfoɔ foforɔ aduɔwɔtwe, akokoɔdurufoɔ kɔhwehwɛɛ no. Wɔka sii ɔhene Usia anim sɛ, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohye nnuhwam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfoɔ nko ara, Aaron mmammarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadie no nko ara adwuma. Firi kronkronbea ha kɔ, ɛfiri sɛ, woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo animuonyam wɔ yei ho.” Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. Ɛberɛ a Asaria ne asɔfoɔ a aka no hunuu kwata no, wɔpiapiaa no firii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, Awurade na wabɔ no. Enti, kwata yɛɛ ɔhene Usia kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Wɔpamoo no firii nnipa mu maa ɔno nko ara tenaeɛ a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfie hɔ ma ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. Amos babarima Yesaia atwerɛ Usia ahennie ho nsɛm nkaeɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ ato hɔ. Usia wuiɛ, na ɛsiane sɛ kwata yɛɛ no enti, wɔsiee no bɛn ahemfo amusieeɛ. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no. Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua. Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum. Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn. Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu. Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. Mmom, ɔyɛɛ deɛ Israel ahemfo yɛeɛ no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. Ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ Hinom babarima bɔnhwa mu, na mpo ɔde ne mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuaa akyiwadeɛ a abosonsom aman no yɛeɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase no so ansa na Israelfoɔ rekɔduru hɔ. Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase. Ɛno enti na Awurade, ne Onyankopɔn, maa Aramhene kwan dii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfoɔ bebree asuo kɔɔ Damasko no. Israel akodɔm bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkumm nʼakodɔm no bebree nso. Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkumm Yuda akodɔm no nnipa ɔpeha aduonu, ɛfiri sɛ, na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn. Afei, Sikri, ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔfiri Efraim, kunkumm Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfie so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abadiakyire no. Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria. Na Awurade odiyifoɔ a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ wɔ ɛberɛ a Israel akodɔm sane baa efie no. Ɔkɔhyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, bo fuu Yuda, na ɔmaa modii wɔn so nkonim. Nanso, moayɛ ma aboro so dodo sɛ mode atirimuɔden akunkum wɔn, ama aha ɔsoro nyinaa. Na seesei, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wɔfiri Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Onyankopɔn no, ho asɛm te sɛn? Montie me, na monnyaa saa nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no, ɛfiri sɛ, wɔyɛ mo ankasa mo abusuafoɔ. Monhwɛ no yie, ɛfiri sɛ, seesei, wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba mo so!” Na Israel ntuanofoɔ bi a wɔn ne Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee yei so, na wɔne mmarima a wɔfiri akono reba no kaa sɛ, “Mommfa nneduafoɔ no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdie ho. Yɛn afɔdie so dada, na wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba Israel so dada.” Enti, akofoɔ no gyaee nneduafoɔ no de asadeɛ no maeɛ, wɔ ɔmanfoɔ no ne ntuanofoɔ no anim. Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria. Saa ɛberɛ no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfoɔ. Bio, na Edom akodɔm adi Yuda so nkonim, akyekyere binom nnommum. Na Filistifoɔ ato ahyɛ nkuro a ɛwɔ Yuda mmepɔ ayaase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurotoɔ ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurotoɔ no. Na Filistifoɔ no tenatenaa saa nkuro yi so. Na Awurade rebrɛ Yuda ase, ɛsiane Yudahene Ahas enti, ɛfiri sɛ, na ɔboa ne nkurɔfoɔ ma wɔyɛ bɔne, na na ɔnni Awurade nokorɛ korakora nso. Enti, ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser bɛduruiɛ no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhyɛɛ no so mmom. Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo firii Awurade asɔredan no mu, ahemfie hɔ ne ne mpanimfoɔ afie mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne toɔ. Nanso, yei mpo, ammoa no. Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden ma Awurade. Ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔdii ne so nkonim no, na ɔkaa sɛ, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo enti, sɛ mebɔ afɔdeɛ ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso, wɔmaa no sɛeeɛ, ma Israel nyinaa sɛeeɛ. Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara. Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo. Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Hesekia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfeɛ aduonu enum. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a ne din de Abia. Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ. Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ. Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no. Afei, wɔtotoo Asɔredan no abankua apono mu, dundumm nkanea no. Wɔgyaee nnuhwamhyeɛ, gyaee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ba Israel Onyankopɔn, kronkronbea hɔ no. Ɛno enti na Awurade abufuo aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadane ahufoɔ, ayamhyehyefoɔ ne aseredeɛ, sɛdeɛ mohunu no pefee no. Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ. Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so. Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.” Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase. Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne: Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl. Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne: Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne: Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden; Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne: Simri ne Yeiel. Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne: Sakaria ne Matania. Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne: Yehiel ne Simei. Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne: Semaia ne Usiel. Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu. Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa. Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho. Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.” Adeɛ kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kuro no mpanimfoɔ ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Wɔde anantwinini nson, nnwennini nson, nnwammaa nson ne mpapo nson baa sɛ, ahennie, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no hyɛɛ asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ sɛ, wɔmfa mmoa no mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade afɔrebukyia no so. Na wɔkunkum anantwinini no, na asɔfoɔ de mogya no petee afɔrebukyia no so. Afei, wɔkunkumm nnwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na awieeɛ no, wɔde nnwammaa no yɛɛ saa ara. Mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no, wɔde baa ɔhene no ne ɔmanfoɔ no anim, ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. Afei, asɔfoɔ no kunkumm mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, sɛ bɔne ho mpatadeɛ maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyeɛ ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa. Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so. Afei, Lewifoɔ no faa Dawid nnwontodeɛ no kɔgyinagyinaa wɔn gyinaberɛ wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfoɔ no faa wɔn ntotorobɛnto kɔgyinagyinaa wɔn afa. Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nsi afɔrebukyia no so. Ɛberɛ a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no reba no, wɔhyɛɛ aseɛ too ayɛyie nnwom maa Awurade, na wɔde ntotorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontodeɛ no gyegyee ho. Badwa no sɔree Awurade wɔ ɛberɛ a na nnwomtofoɔ no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no ara kɔsii sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa saeɛ. Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa koto someeɛ. Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ. Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho. Ɔmanfoɔ no de anantwinini aduɔson, nnwennini ɔha ne nnwammaa ahanu sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ brɛɛ Awurade. Wɔsane de anantwinini ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa baa sɛ afɔrebɔdeɛ. Nanso, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wɔbɛtumi asiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa enti, wɔn abusuafoɔ Lewifoɔ no boaa wɔn, kɔsii sɛ dwumadie no baa awieeɛ. Wɔtee asɔfoɔ no pii ho ansa na wɔreboa dwumadie no, ɛfiri sɛ, na Lewifoɔ no adwene wɔ wɔn ahoteɛ so sene asɔfoɔ no. Na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne daa nsa afɔdeɛ no buu so. Saa ara nso na asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ nso yɛɛ bebree. Enti, wɔsiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no. Na Hesekia ne ɔmanfoɔ no nyinaa gyee wɔn ani wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no, ɛfiri sɛ wɔwiee biribiara ntɛm. Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wɔnni Awurade, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no. Ɔhene no, ne mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu. Na anka wɔdi Twam Afahyɛ no bosome ansa na bosome a ɛtɔ so mmienu ahyɛ aseɛ, nanso na asɔfoɔ no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfoɔ no nso, na wɔmmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Adwene a wɔyɛeɛ sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no, na ɛyɛ ma ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa. Enti, wɔbɔɔ no dawuro wɔ Israel nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmɛdi Awurade, Israel Onyankopɔn Twam Afahyɛ no bi. Na nnipa dodoɔ nni Twam Afahyɛ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ. Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka sɛ: “Ao Israel manfoɔ, monsane mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɔbɛsane aba yɛn mu, nnipa kakra a yɛanya yɛn tiri adidi mu wɔ Asiria ahemfo nkonim a wɔdii yɛn so no. Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafoɔ a wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, a wɔyɛɛ aseredeɛ sɛdeɛ mo ankasa mohunu yi. Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so. Na sɛ mosane ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ. Sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so.” Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw. Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma Awurade asɛm a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ no nkyɛn. Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no. Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu. Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Awurade Asɔredan mu. Obiara kɔgyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛdeɛ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara no kyerɛ no. Lewifoɔ no de mogya afɔrebɔdeɛ no brɛɛ asɔfoɔ no, maa wɔn nso pete guu afɔrebukyia no so. Esiane sɛ na ɔmanfoɔ no mu bebree nnwiraa wɔn ho enti, Lewifoɔ no na wɔkunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa no maa wɔn, nam so tee ho maa Awurade. Na wɔn a wɔfiri Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛseɛ no ara nnwiraa wɔn ho. Nanso, ɔhene Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na wɔmaa wɔn ɛkwan maa wɔdii Twam Afahyɛ aduane no bi a na anka ɛtia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpaeɛ sɛ, “ Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ no mfa nnipa a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛdi Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wɔnnwiraa wɔn ho yie mmaa afahyɛ no a.” Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfoɔ no yadeɛ. Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa Awurade de nnwontodeɛ a ano yɛ den gyegyee ho. Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn. Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe. Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho. Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ. Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea hɔ. Afei, ɛberɛ a afahyɛ no twaam no, Israelfoɔ a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkuro nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera afɔrebukyia no, yiyii abosonsomfoɔ asɔreeɛ ne afɔrebukyia no. Yei akyi, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn nkuro so ne wɔn afie mu. Afei, Hesekia kyekyɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no mu akuakuo, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apono ano. Ɔhene no ankasa maa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔyɛ mmoa ma anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnawɔtwe homeda afahyɛ ne bosome Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne afirinhyia afɔdeɛ a aka no, sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no. Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu. Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ. Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ. Wɔde saa ntotosoɔ dudu a ɛdi ɛkan no baa bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no awieeɛ mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kɔsii bosome a ɛtɔ so nson no ahyɛaseɛ mu. Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfoɔ Israel ase. Hesekia bisaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, “Ɛhe na yeinom nyinaa firi baeɛ?” Na ɔsɔfopanin Asaria a ɔfiri Sadok abusua mu buaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a ɔmanfoɔ firii aseɛ sɛ wɔde akyɛdeɛ reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yɛbɛdi ama ebi aka, ɛfiri sɛ, Awurade ahyira ne nkurɔfoɔ.” Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ. Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ. Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi. Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin. Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ. Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho. Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi. Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani. Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree. Ɔhene Hesekia de nokorɛdie wiee saa dwumadie yi, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Ɔtuaa nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakodɔm sɛ wɔmmubu wɔn afasuo no, mmɔ nhyɛne mu. Ɛberɛ a Hesekia hunuu sɛ Sanaherib asane ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no, ɔne ne mpanimfoɔ ne nʼasraafoɔ mu afotufoɔ tuu agyina. Wɔsii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsi nsutire no kwan na antene ankɔ kuropɔn no akyi. Wɔboaboaa adwumayɛfoɔ ano sɛ wɔnkɔsi nsutire kwan na antene ankɔ mfuo no mu. Na wɔkaa sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abɛnya nsuo bebree?” Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree. Ɔyii asraafoɔ mpanimfoɔ, ma wɔhwɛɛ ɔmanfoɔ no so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɛhyia no wɔ kuro no ɛpono ano adwaberem hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree. Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa: “Sɛdeɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Ɛdeɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susu sɛ, mobɛtumi agyina Yerusalem tua yi ano? Hesekia aka sɛ: ‘ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo! Nokorɛm, deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, Hesekia no ara na ɔbubuu Awurade asɔreeɛ ne afɔrebukyia no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ ɛno nko ara so. “Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase? Ma nhwɛsoɔ baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam! Ɛdeɛn na ɛma wodwene sɛ, wo Onyankopɔn bɛtumi ayɛ ade pa bi? Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Meti mu, ka bio sɛ, ɔman biara nyame ntumi nnyee ne nkurɔfoɔ mfirii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Onyankopɔn agye mo afiri me tumi ase!” Na Sanaherib mpanimfoɔ kɔɔ so dii Awurade Onyankopɔn ne ne ɔsomfoɔ Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu Awurade, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.” Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho. Saa mpanimfoɔ yi kasa faa Yerusalem Onyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfoɔ anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no. Afei, ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifoɔ Yesaia bɔɔ mpaeɛ denden, frɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn no. Na Awurade somaa ɔbɔfoɔ, bɛsɛee Asiria akodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa. Na Sanaherib de aniwuo sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmammarima no mu baako twee ne so akofena, kumm no. Saa ɛkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa. Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso. Ɛberɛ no mu, Hesekia yaree yarewuo. Ɔbɔɔ mpaeɛ frɛɛ Awurade, maa ɔsaa no yadeɛ daa nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ bi adi kyerɛɛ no. Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, Awurade abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. Enti, Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno enti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuo amma wɔn so. Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. Afei nso, ɔsisii adekoradan de nʼatokoɔ, ne nsã ne ne ngo guu mu; ɔsisii buo bebree maa nʼanantwie ne ne nnwan ne ne mpɔnkye. Ɔkyekyeree nkuro pii, pɛɛ nnwan ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn maa no ahonya bebree. Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie. Ɛberɛ a Babilonia ananmusifoɔ bɛbisaa nneɛma titire a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho firi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛwɔ nʼakoma mu. Hesekia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama no, wɔatwerɛ wɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nwoma ho no mu. Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛberɛ a Manase dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. Ɔsane sisii asɔreeɛ a nʼagya Hesekia sɛee no no. Ɔsii afɔrebukyia maa Baal ahoni, sisii Asera afɔrebukyia. Ɔsane kotoo nsoromma a ɛwɔ ewiem no nyinaa, somm wɔn. Mpo, ɔsisii abosonsom afɔrebukyia wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka sɛ, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wɔdi ne din ni afebɔɔ no. Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ, de maa ewiem nsoromma no. Manase de ɔno ankasa mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bɔnhwa mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuiɛ. Na Manase faa ohoni a wasene, de kɔsii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kɔsii baabi korɔ no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛdi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afiri mmusuakuo a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. Sɛ Israelfoɔ di mʼahyɛdeɛ nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so maeɛ no nyinaa so a, merentwa wɔn asuo mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so.” Nanso, Manase dii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim, ma wɔyɛɛ bɔnetrasoɔ sene abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn wɔ ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ asase no so no. Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. Enti, Awurade maa Asiriafoɔ akodɔm bɛfaa Manase yɛɛ no ɔdeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. Na ɛberɛ a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Onyankopɔn akyiri kwan, na ɔde ahobrɛaseɛ su frɛɛ nʼagyanom Onyankopɔn. Na ɛberɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, na nʼabisadeɛ no kaa nʼakoma. Enti, Awurade maa Manase sane kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahennie mu. Afei, Manase tee aseɛ sɛ, Awurade nko ara ne Onyankopɔn. Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire. Na ɔsane sii Awurade afɔrebukyia no, bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfoɔ no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Onyankopɔn no. Nanso, na ɔmanfoɔ no gu so bɔ afɔdeɛ wɔ abosonsom asɔreeɛ so. Nanso, na wɔbɔ ma Awurade wɔn Onyankopɔn ara. Manase adedie ho nsɛm nkaeɛ, ne mpaeɛ a ɔbɔɔ Onyankopɔn ne nsɛm a adehunumufoɔ ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo nwoma mu. Manase mpaeɛ ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atorɔ a ɔdiiɛ nyinaa ho nsɛm no, wɔatwerɛ agu adehunumufoɔ nwoma mu. Baabi a ɔsii abosonsom asɔreeɛ, sisii Asera afɔrebukyia ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. Ɛberɛ a Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼahemfie. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a ɔdi hɔ. Ɛberɛ a Amon dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmienu. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no. Ɔsomm ahoni a nʼagya yɛeɛ no nyinaa, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. Nanso, wansɛ nʼagya Manase, ɛfiri sɛ, wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so. Akyire yi, Amon no ara mpanimfoɔ pamm ne tiri so, kumm no wɔ nʼahemfie. Nanso, ɔmanfoɔ a wɔwɔ asase no so kunkumm wɔn a wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene Amon no, na wɔsii ne babarima Yosia ɔhene, sii nʼanan mu. Yosia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduasa baako. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ deɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no bi. Wamfiri adeteneneeyɛ ho. Yosia hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Onyankopɔn akyiri ɛkwan wɔ ɛberɛ a na ɔda so yɛ abɔfra a wadi adeɛ mfeɛ nwɔtwe. Na ne mfeɛ dumienu so no, ɔdwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom asɔreeɛ nyinaa, Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa. Ɔhwɛ ma wɔbubuu Baal nsɛsodeɛ afɔrebukyia no ne nnuhwam afɔrebukyia no nyinaa guiɛ. Ɔmaa wɔdwerɛɛ Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa, na wɔto petee awufoɔ a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no damena so. Afei, ɔhyee abosomfoɔ nnompe. Ɔhyee no wɔn ankasa afɔrebukyia so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem ho. Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkuro so, kɔeɛ ara mpo, kɔduruu Naftali. Ɔsɛee abosonsomfoɔ afɔrebukyia, Asera afɔrebukyia, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Ɔdwirii nnuhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsane kɔɔ Yerusalem. Nʼadedie mfeɛ dunwɔtwe so no a ɔwiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ, sɛ wɔnsiesie Awurade, ne Onyankopɔn asɔredan no. Wɔde sika a Lewifoɔ a wɔsom sɛ aponoanohwɛfoɔ agyegye wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho maa ɔsɔfopanin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfoɔ ne Israel nkaeɛfoɔ nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ na wɔde akyɛdeɛ no baeɛ. Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wɔtuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. Wɔbɔɔ nnua dwumfoɔ ne adansifoɔ paa, tɔɔ aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie afasuo no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsamsoɔ ne mpunan. Wɔsiesiee deɛ anka Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no rema asɛe no. Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no, wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ. Na ɔsɔfopanin Hilkia retwerɛtwerɛ sika a wɔagyegye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ɔhunuu Awurade mmara nwoma a wɔnam Mose so de maeɛ no. Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asɛnnie twerɛfoɔ no sɛ, “Mahunu mmara nwoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan. Safan de nwoma mmobɔeɛ no kɔmaa ɔhene kaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Sika a wɔgyegyee no Awurade Asɔredan no mu no, wɔde ama sohwɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ no.” Safan ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfopanin Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene. Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ, “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkaeɛfoɔ nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma mmobɔeɛ a wɔahunu no ho nsɛm. Awurade abufuo aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ deɛ nwoma mmobɔeɛ yi ka sɛ yɛnyɛ.” Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne. Ɔbaa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade, Israel Onyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kuro yi ne emu nnipa. Nnome a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a moakenkane yi mu nyinaa bɛba mu. Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfoɔ anyame. Ɛno enti, me bo afu wɔn yie wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuo bɛhwie agu saa beaeɛ ha, na biribiara rentumi nsi ano.’ Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yei na Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa asɛm a motee seesei no ho. Ɛberɛ a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne emu nnipa no, ɛhaa wo, maa wobrɛɛ wo ho ase Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometeɛ sunsuanee wʼatadeɛ mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti, nokorɛm, mate wo nne, Awurade na ɔseɛ. Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kɔsi sɛ wobɛwu na wɔasie wo asomdwoeɛ mu. Worenhunu amanehunu a mede bɛba beaeɛ yi so.’ ” Enti, wɔsane de ɔbaa no nkra kɔmaa ɔhene no. Na ɔhene no frɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa. Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee apam nwoma a wɔhunuu no Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na ɔtii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade ɔhyɛ nsɛm, ahyɛdeɛ ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛdi apam no mu nhyehyɛeɛ a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no so. Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu. Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na ne nkwa nna a aka no mu no nyinaa, wɔannane wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn no da. Afei, Yosia bɔɔ dawuro sɛ, wɔbɛdi Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem wɔ bosome a ɛdi ɛkan no da a ɛtɔ so dunan. Wɔkunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no da no wɔ ɛberɛ a owia rekɔtɔ. Yosia maa asɔfoɔ no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadie mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Israel no sɛ, “Esiane sɛ seesei Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa no mo mmati so de adi akɔneaba enti, momfa mo mmerɛ nsom Awurade, mo Onyankopɔn ne ne nkurɔfoɔ Israel. Monkɔ mo nnwuma so sɛdeɛ mo agyanom mmusua nkyekyɛmu teɛ, ne sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no kyerɛ. “Afei, monnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no wɔ ɛberɛ a wɔde wɔn afɔdeɛ aba Asɔredan mu no. Monkum Twam Afahyɛ nnwammaa no, na monnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛdeɛ biara a Awurade nam Mose so de maeɛ no, monni so.” Na Yosia firii deɛ ɔwɔ mu, maa nnwammaa ne mmirekyie mma ɔpeduasa ne anantwinini mpem mmiɛnsa sɛ nnipa no Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no. Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no. Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama Awurade, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. Afei, wɔtotoo Twam Afahyɛ nnwammaa no sɛdeɛ wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔdeɛ kronkron no wɔ nkukuo, nnadesɛn ne nkyɛnsee mu, de baa ntɛm so sɛdeɛ ɔmanfoɔ no bɛtumi awe. Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ. Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ. Awurade Twam Afahyɛ no baa awieeɛ da no. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa wɔ Awurade afɔrebukyia no so, sɛdeɛ ɔhene Yosia hyɛeɛ no. Israelfoɔ a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ no. Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. Wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahennie mfirinhyia dunwɔtwe so. Yosia siesiee Asɔredan no wieeɛ no, Misraimhene Neko dii nʼakodɔm anim firii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asuo Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakodɔm nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. Nanso, ɔhene Neko tuu ananmusifoɔ, de nkra yi kɔmaa Yosia sɛ, “Ɛdeɛn na wo Yudahene hwehwɛ afiri me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa ɛnnɛ! Deɛ mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ, menyɛ no ntɛm. Ntwintwane Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” Nanso, Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annane nʼani. Mmom, ɔdii nʼakodɔm anim, kɔkoo wɔ Megido tata so. Ɔworɔɔ nʼahentadeɛ no guu nkyɛn baabi sɛdeɛ atamfoɔ no renhunu no. Nanso, atamfoɔ agyantofoɔ no too bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteaam frɛɛ ne mmarima sɛ, “Momfa me mfiri akono ha, ɛfiri sɛ, mapira pira bɔne.” Enti, wɔyii Yosia firi ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforɔ mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na ɔwuiɛ. Wɔsiee no hɔ wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayie. Odiyifoɔ Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, nnwomtofoɔ to saa kwadwom a ɛfa ne owuo no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanneɛ a wɔatwerɛ ahyɛ Kwadwom Nwoma mu. Yosia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama sɛdeɛ Awurade mmara teɛ no, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ. Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so. Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim. Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ne Onyankopɔn ani so. Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia. Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem. Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho. Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi. Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano. Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no. Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi. Enti, Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no. Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, Awurade maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro wɔ nʼahennie nyinaa mu sɛ, “Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie: “ ‘ Awurade, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. Awurade, mo Onyankopɔn nka mo ho.’ ” Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie: Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho. Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no. Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma sɛ, wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no. Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho. Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ. Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa. Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ: sikakɔkɔɔ nsiaseɛ 30 dwetɛ nsiaseɛ 1,000 dwetɛ ɔhyeɛsɛn 29 sikakɔkɔɔ atam 30 dwetɛ atam 410 nneɛma a ɛkeka ho 1,000 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400). Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie: Dodoɔ a wɔyɛ    Paros abusuafoɔ 2,172 Sefatia abusuafoɔ 372 Arah abusuafoɔ 775 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812 Elam abusuafoɔ 1,254 Satu abusuafoɔ 945 Sakai abusuafoɔ 760 Bani abusuafoɔ 642 Bebai abusuafoɔ 623 Asgad abusuafoɔ 1,222 Adonikam abusuafoɔ 666 Bigwai abusuafoɔ 2,056 Adin abusuafoɔ 454 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98 Besai abusuafoɔ 323 Yora abusuafoɔ 112 Hasum abusuafoɔ 223 Gibar abusuafoɔ 95 Betlehemfoɔ 123 Netofafoɔ 56 Anatotfoɔ 128 Asmawetfoɔ 42 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621 Mikmasfoɔ 122 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223 Nebo ɔman mma 52 Magbis ɔman 156 Elam ɔman mma 1,254 Harim ɔman mma 320 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725 Yeriko ɔman mma 345 Senaa ɔman mma 3,630 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973 Imer abusuafoɔ 1,052 Pashur abusuafoɔ 1,247 Harim abusuafoɔ 1,017 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:    Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74 Nnwontofoɔ:    Asaf abusuafoɔ 128 Aponoanohwɛfoɔ:    Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ    Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139 Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, Keros, Siaha, Padon asefoɔ, Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, Usa, Paseah, Besai asefoɔ, Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, Nesia ne Hatifa. Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami. Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne: Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ. Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ. Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so. Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem. Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no. Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara. Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no. Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade. Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem. Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan. Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa. Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu. Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo Awurade sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ: “Ɔyɛ, Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato. Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so. Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri. Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ wɔn a wɔatwa wɔn asuo no resiesie Awurade, Israel Onyankopɔn, asɔredan no. Enti, wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofoɔ no a aka no nkyɛn, na wɔkaa sɛ, “Momma yɛne mo nsi, ɛfiri sɛ, yɛsom mo Onyankopɔn sɛdeɛ mosom no no. Ɛfiri ɛberɛ a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔdeɛ ama no.” Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi Awurade, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.” Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho. Wɔhyɛɛ ananmusifoɔ bi afonom sɛ wɔntia wɔn na wɔnsɛe wɔn botaeɛ. Yei kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahennie nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ a Persiahene Dario bɛdii ahennwa no. Ɛberɛ a Ahasweros dii adeɛ mfeɛ kakra bi akyi no, Yudafoɔ atamfoɔ twerɛɛ no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem. Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta berɛ so no, Yuda atamfoɔ a Bislam, Mitredat ne Tabeel di animu, twerɛɛ krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ aseɛ kyerɛɛ ɔhene no. Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛdeɛ ɔman Yerusalem mu teɛ. Wɔkyeaa ɔhene no, ma ɛkɔtoo wɔn adɔmfoɔ, atemmufoɔ ne ɔman no mu ntuanofoɔ, Tarpela ɔmanfoɔ, Persiafoɔ, Babiloniafoɔ ne Elamfoɔ. Wɔsane kyeaa nnipa a aka no a ɔkɛseɛ ne otitire Asurbanipa atwa wɔn asuo, de wɔn akɔgu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no so no. Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no: Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta: Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie. Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi ne nʼafasuo no wie a, ɛremmoa wo koraa, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no rentua wɔn toɔ ne adwadeɛ biara mma wo. Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfoɔ nokwafoɔ enti, yɛmpɛ sɛ wʼanim bɛgu ase wɔ saa kwan yi so, enti na yɛrebɔ wo saa amaneɛ yi. Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti. Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no. Artasasta mmuaeɛ nie: Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa. Mekyea mo nyinaa. Krataa a motwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ, akenkan akyerɛ me. Mahyɛ sɛ, wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu, na mahunu sɛ, ampa ara, mmerɛ bi a atwam no, na Yerusalem yɛ adɔnyɛman a ɛtiaa ahemfo bebree. Nokorɛm, sɛ wɔsɔre tia tumi, na ɔmantuguo yɛ adeɛ a wɔyɛ daa wɔ hɔ. Ahemfo atumfoɔ a adi adeɛ Yerusalem ne asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa agye toɔ ne adwadeɛ bebree. Ɛno enti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔsiesie kuro no, gye sɛ mema ho kwan. Monntwentwɛn so koraa, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam. Ɛberɛ a wɔkenkan saa krataa a ɛfiri ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafoɔ, ma wɔgyaee dansie no. Wɔgyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ deɛ aduru hɔ ara, kɔsii Persiahene Dario ahennie mfeɛ a ɛtɔ so mmienu so. Saa ɛberɛ no, adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Onyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tieeɛ, hyɛɛ aseɛ sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn. Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” Wɔsane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. Nanso, ɛsiane sɛ na wɔn Onyankopɔn hwɛ wɔn so enti, wɔansi Yudafoɔ ntuanofoɔ no dansie no ho kwan, kɔsii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdanee Dario, ma ɔsesaa nʼadwene. Yei ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanimfoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no bi twerɛ kɔmaa ɔhene Dario: Yɛkyea wo, ɔhene Dario. Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so. Yɛbisaa ntuanofoɔ no sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” Na yɛbisaa wɔn adwumayɛfoɔ din sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ wo wɔn ntuanofoɔ. Wɔn mmuaeɛ nie: “Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no. Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia. “Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no. Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. “Enti, Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Ɛfiri saa ɛberɛ no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wɔnwieeɛ.” Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho. Enti, ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia nneɛma dada akoraeɛ hɔ baabi a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no. Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie: Asɛnkaeɛ krataa: Ɔhene Kores dii adeɛ nʼafe a ɛdi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Ɛkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsane si no wɔ beaeɛ a na Yudafoɔ bɔ wɔn afɔdeɛ hɔ, wɔ fapem dada no so. Ɛsɛ sɛ ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn aduɔkron. Aboɔ a wɔasiesie no sononko no ntosoɔ mmiɛnsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu so. Na adehyeɛ fotoɔ mu na wɔbɛfiri atua ho ka. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛsi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsane de kɔ Yerusalem, de kɔgu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛdeɛ na ɛteɛ no. Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ. Monnkɔtwintwane Onyankopɔn asɔredan no sie. Wɔnsi no wɔ beaeɛ dada mu hɔ ara, na monntwintwane Yuda amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ananmu wɔ adwuma no yɛ mu. Na mesane hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Onyankopɔn asɔredan no sie mu. Ɛsɛ sɛ motua adansie no ho ka nyinaa firi me toɔ a mogyegye firi Eufrate asuogya hɔ, a monntwentwɛn so koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwuma no bɛkɔ so ama wɔawie. Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Onyankopɔn, na wɔabɔ mpaeɛ ama me ne me mmammarima. Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie. Onyankopɔn a wayi Yerusalem kuro sɛ beaeɛ a wɔnhyɛ ne din animuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wɔbɛbu ne mmara so asɛe asɔredan no. Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfoɔ ntie no aso pa mu. Na Tatenai a ɔyɛ asuo Eufrate atɔeɛ amrado ne Setar-Bosnai ne nʼafɛfoɔ dii Dario mmara a ɔhyɛeɛ no so prɛko pɛ. Enti, Yudafoɔ mpanimfoɔ toaa wɔn dwumadie no so na asɛnka a adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria kaeɛ no hyɛɛ wɔn nkuran. Na, wɔwiee asɔredan no sie, sɛdeɛ, Israel Onyankopɔn hyɛeɛ na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no. Wɔwiee asɔredan no sie Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so dumienu, wɔ ɔhene Dario ahennie mfeɛ nsia so. Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfiri asutwa mu aba no de ahosɛpɛ too Onyankopɔn asɔredan no din. Onyankopɔn asɔredan no dintoɔ afahyɛ no mu no, wɔde anantwie mma ɔha, nnwennini ahanu ne nnwammaa ahanan bɔɔ afɔdeɛ. Na wɔmaa mmirekyie dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo dumienu no. Afei, wɔkyekyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no mu, sɛdeɛ wɔn akuo ahodoɔ teɛ no, ma wɔsomm wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Nwoma mu no. Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so aduonu baako no, wɔn a wɔatwa wɔn asu no a wɔasane aba no dii Twam Afahyɛ. Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, ma wɔn ho te maa afahyɛ no. Enti, wɔkumm Twam Afahyɛ dwammaa maa wɔn a wɔtwaa wɔn asu no a wɔasane aba no nyinaa ne asɔfoɔ a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho. Nnipa a wɔwɔ Israel a wɔfiri asutwa mu aba no ne nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadane afiri wɔn amumuyɛ akwan ho abɛsom Awurade Israel Onyankopɔn no na wɔdii twam aduane no. Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no. Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima. Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so. Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so. Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so. Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no. Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ sɛ: Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie: Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. Yɛbɔ wʼaba so nso sɛ, fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ. Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so. Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di sɛ ɛyɛ mo Onyankopɔn pɛ. Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mommisa sika mfiri adehyeɛ fotoɔ mu. Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni. Ɛsɛ sɛ moma no kɔsi dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, atokoɔ susukora ahanum, nsã gyare ahanum aduonum, ngo gyare ahanum aduonum ne nkyene a wɔbu ano a ɛnyɛ yie. Monhwɛ yie, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuo ba ɔhene ne ne mmammarima so? Mesane hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ, Lewini, dwomtofoɔ, ɛpono ano sohwɛfoɔ, asɔredan mu ɔsomfoɔ anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu tua toɔ biara. Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe. Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. Na ayɛyie nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me animuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufoɔ ne nʼahenemma atumfoɔ no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, ɛfiri sɛ, na Awurade, me Onyankopɔn nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofoɔ no bi ano sɛ, wɔnka me ho na yɛnkɔ Yerusalem. Yei ne abusua mu ntuanofoɔ ne abusuadua ahodoɔ a ɔhene Artasasta di adeɛ no, wɔne me firi Babilonia baeɛ: Pinehas abusua mu no: Gersom; Itamar abusua mu no: Daniel. Dawid abusua mu no: Sekania babarima Hatus. Paros abusua mu no: Sakaria ne mmarima afoforɔ ɔha aduonum. Pahat-Moab abusua mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforɔ ahanu. Satu abusua mu no: Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforɔ ahasa. Adin abusua mu no: Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforɔ aduonum. Elam abusua mu no: Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforɔ aduɔson. Sefatia abusua mu no: Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforɔ aduɔwɔtwe. Yoab abusua mu no: Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforɔ ahanu ne dunwɔtwe. Bani abusua mu no: Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforɔ ɔha aduosia. Bebai abusua mu no: Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforɔ aduonu nwɔtwe. Asgad abusua mu no: Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforɔ ɔha ne edu. Adonikam abusua a wɔbaa akyire no: wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia, a mmarima afoforɔ aduosia ka wɔn ho. Bigwai abusua mu no: Utai ne Sakur a mmarima afoforɔ aduɔson ka wɔn ho. Meboaa asutwafoɔ no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛmaa wɔtenaa hɔ nnansa wɔ ɛberɛ a merehwɛ nnipa no ne asɔfoɔ a wɔabɛduru hɔ no din mu no. Manhunu Lewifoɔ no mu baako mpo wɔ hɔnom. Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso. Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma. Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni. Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din. Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban. Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.” Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ. Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho, sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so. Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa. Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.” Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem. Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam. Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa. Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara. Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade. Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie. Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ yɛ no akyi. Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho fɔ kɛseɛ.” Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu, tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so. Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ wɔ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ. Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn. Mebɔɔ mpaeɛ sɛ: “Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro. Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara. “Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu. Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem. “Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri sɛ, yɛapo wo mmaransɛm bio. Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire. Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ. “Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ. Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre. Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.” Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra sɛ, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ, yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel. Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so. Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wʼasɛdeɛ sɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.” Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti. Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ, asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem. Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu. Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ. Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no. Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho.” Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no. Wɔtoaa so sɛ: Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi yɛ osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre. Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so.” Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so. Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka. Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie: Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom: Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. Wɔkaa ntam sɛ wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ. Imer abusua mu no: Hanani ne Sebadia. Harim abusua mu no: Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia. Pashur abusua mu no: Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so: Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser. Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no yɛ: Eliasib. Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Salum, Telem ne Uri. Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Paros abusua mu no: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia. Elam abusua mu no: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia. Satu abusua mu no: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa. Bebai abusua mu no: Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai. Bani abusua mu no: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot. Pahat-Moab abusua mu no: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase. Harim abusua mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. Benyamin, Maluk ne Semaria. Hasum abusua mu no: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei. Bani abusua mu no: Maadai, Amram ne Uel, Benaia, Bedeia, Keluhi, Wania, Meremot, Eliasib, Matania, Matenai ne Yaasu. Binui abusua mu no: Simei, Selemia, Natan, Adaia, Maknadebai, Sasai, Sarai, Asarel, Selemia, Semaria, Salum, Amaria ne Yosef. Nebo abusua mu no: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia. Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma. Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie: Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu. Me nuanom mmarima mu baako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wɔfiri Yuda ba bɛsraa me. Mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔatumi atena nnommumfa mu no ho asɛm ne sɛdeɛ nsɛm rekɔ so wɔ Yerusalem. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.” Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ. Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no, tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne! Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so. “Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose sɛ, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so. Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’ “Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no. Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni. Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da. Enti, ɔhene no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ aho saa? Woyare anaa? Wosɛ obi a ɔhaw kɛseɛ bi da ne so.” Ehu kɛseɛ tɔɔ me so, nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.” Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ, buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.” Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim. Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so. Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban. Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel. Meduruu Yerusalem nnansa akyi no, mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko. Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no. Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu. Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio. Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ. Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!” Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase. Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?” Na mebuaa sɛ, “Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.” Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. Nnipa a wɔfiri Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma hɔ, na Imri babarima Sakur dii so. Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa. Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok. Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa. Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu. Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ. Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no. Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia. Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus. Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho. Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano. Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no. Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no. Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no. Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie. Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so. Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano. Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no. Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano. Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi. Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ. Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie. Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ. Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no. Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no. Asɔfoɔ no nso siesiee ɔfasuo no a ɛwɔ kokoɔ so na ɛtoa Apɔnkɔ Ɛpono no soɔ no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fie di nhwɛanim. Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no. Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Malkia a ɔyɛ sikadwumfoɔ no mu baako siesiee ɔfasuo no, kɔsii Asɔredan mu asomfoɔ ne adwadifoɔ fie a Badwa Ɛpono no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kɔsii abansoro a ɛwɔ ntweasoɔ hɔ no. Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano. Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ, wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?” Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!” Na mebɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛ. Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ wɔ amamfrafoɔ asase so. Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri sɛ, wɔahyɛ wo abufuo wɔ adansifoɔ yi anim.” Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden. Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie. Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ. Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban. Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.” Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.” Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.” Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan. Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.” Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee wɔ hɔ a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee hɔ. Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma wɔ ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu. Adansifoɔ no mu biara wɔ akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn. Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitire ne adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Adwuma no atrɛ, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasuo no so. Na sɛ mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no wɔ. Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn.” Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn. Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu. Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ. Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ. Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛde yɛn mfuo, bobe nturo ne yɛn afie asisi awowa sɛdeɛ yɛbɛnya aduane wɔ ɛkɔm ɛberɛ mu.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuo ne bobefuo ano boɔ yɛ pɛ, de atua yɛn apeatoɔ. Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.” Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuu yie. Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm. Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano. Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ. Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no. Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.” Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so. Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so. Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da. Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so. Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho. Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi wɔ me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho. Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada. Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me. Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no, Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so, enti memaa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Mereyɛ adwuma kɛseɛ bi a merentumi nnyae mmɛhyia mo.” Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara. Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ. Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene. Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.” Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.” Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so. Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.” Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!” Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din. Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no. Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase. Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no. Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam. Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa. Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho yɛ nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me. Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.” Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie: Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: Abusuafoɔ dodoɔ nie:   Paros 2,172 Sefatia 372 Arah 652 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,818 Elam 1,254 Satu 845 Sakai 760 Bani 648 Bebai 628 Asgad 2,322 Adonikam 667 Bigwai 2,067 Adin 655 Ater (Hesekia asefoɔ) 98 Hasum 328 Besai 324 Harif 112 Gibar 95 Mmarima a wɔfiri   Betlehem ne Netofa 188 Anatot 128 Bet-Asmawet 42 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743 Rama ne Geba 621 Mikmas 122 Bet-El ne Ai 123 Nebo 52 Elam 1,254 Harim 320 Yeriko 345 Lod, Hadid ne Ono 721 Senaa 3,930 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973 Imer asefoɔ 1,052 Pashur asefoɔ 1,247 Harim asefoɔ 1,017 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74 Nnwontofoɔ: Asaf asefoɔ 148 Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon asefoɔ, Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138 Asɔredan mu asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, Keros, Siaha, Padon asefoɔ, Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ, Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ, Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ, Gasam, Usa, Paseah asefoɔ, Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ, Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, Nesia ne Hatifa asefoɔ Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: Sotai, Soferet, Perida asefoɔ, Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ 392 Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel: Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ 642 Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.) Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360), a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ. Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245). Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720). Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530). Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no. Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67). Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no, ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no. Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim. Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no. Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so. Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam. Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ. Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase. Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ. Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.” Na Lewifoɔ no nso kasaa sɛ, “Hwɛ! Monnsu. Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron” de dwodwoo wɔn. Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ. Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ. Wɔkɔɔ mmara no mu no, wɔhunuu sɛ, Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no tena asese mu afahyɛ a wɔrebɛdi no saa bosome no mu no. Waka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nhyɛ no ho dawuro wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ne titire no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfoɔ no sɛ, wɔnkɔ nkokoɔ so nkɔpɛ ngo dua mman, kranku mman, ohwannua mman, ɛberɛ ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no. Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu. Enti, obiara a wafiri nneduasom mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛberɛ no nnanson mu, na obiara ani gyee yie. Ɛfiri Nun babarima Yosua berɛ so no, Israelfoɔ anni afahyɛ no saa ɛkwan yi so. Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no. Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim. Ɛberɛ a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfoɔ no twee wɔn ho firii ananafoɔ nyinaa ho. Wɔkenkan Awurade, wɔn Onyankopɔn, mmara nwoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwere mmiɛnsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ ɛberɛ a na wɔresom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka. Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo. “Woyɛ Awurade Onyankopɔn a woyii Abram firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, sane too no edin Abraham. Ɔdii wo nokorɛ no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne nʼasefoɔ. Na wodii wo bɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, daa wodi wʼasɛm so. “Wohunuu amane ne awerɛhoɔ a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su firi Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ kyerɛɛ Farao, nʼasomfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, na wonim nhyɛsoɔ ɛkwan a na Misraimfoɔ no de wɔn fa so. Wowɔ animuonyam a ahyeta a ani mpa so da. Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase. Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan. “Wosianee bepɔ Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn firi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ nokorɛ brɛɛ wɔn. Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo ɔsomfoɔ Mose so hyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsi nni wʼahyɛdeɛ ne wo mmara no nyinaa so. Ɛberɛ a ɛkɔm de wɔn no, womaa wɔn burodo a ɛfiri ɔsoro ne nsuo a ɛfiri ɔbotan mu wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no. “Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so. Wɔantie, na wɔankae wʼanwanwadeɛ a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔyɛɛ dɔm yii ntuanoni sɛ ɔnsane mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso, woyɛ ɔfakyɛfoɔ, ahummɔborɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu na wʼadɔeɛ dɔɔso. Woannyaa wɔn wɔ ɛberɛ a wɔyɛɛ ohoni sɛso a ɔte sɛ nantwie ba na wɔkaa sɛ, ‘Yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu. “Nanso, wo mmɔborɔhunu mu, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ ɛserɛ no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn burodo afiri soro anaa nsuo wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn. Wohwɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so. Saa ɛberɛ no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntadeɛ antete, na wɔn anan ase antaatae. “Woboaa yɛn agyanom, ma wɔdii ahemman akɛseɛ ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfoɔ duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa. Womaa wɔn asefoɔ dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so. Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na, mpo, ahemfo ne Kanaanfoɔ a wɔtenaa asase no so no tumi saeɛ. Wo nkurɔfoɔ ne wɔn dii no sɛdeɛ wɔpɛ. Yɛn agyanom faa nkuro a wɔabɔ ho ban ne nsase bereɛ no. Wɔfaa afie a nnepa wɔ mu ne nsuseneeɛ a wɔatutu dada no ne bobefuo ne ngofuo ne nnuabafuo no bebree. Enti, wɔdidiiɛ ara kɔsii sɛ wɔdodɔreeɛ, yɛɛ akɛseɛ, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. “Nanso, yeinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, yɛɛ dɔm tiaa wo. Wɔtoo wo mmara no guu nkyɛn. Wɔkunkumm adiyifoɔ no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsane mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu. Enti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa. Nanso, wɔn amanehunu mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wotiee wɔn firi ɔsoro. Na ahummɔborɔ a ɛso mu, wosomaa agyefoɔ a wɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ nsam. “Nanso, na nneɛma nyinaa rekɔ so yie no, wo manfoɔ sane kɔɔ bɔne mu bio, na wosane maa wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Nanso, ɛberɛ biara a wo nkurɔfoɔ bɛsu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wotiee bio firi ɔsoro. Wʼahummɔborɔ nwanwa enti, wogyee wɔn ntoatoasoɔ. “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo. Wo dɔ enti, wonyaa wɔn ho ntoboaseɛ mfeɛ bebree. Wosomaa wo honhom a ɔnam adiyifoɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso, ɛkɔka he ara a, wɔntie. Enti, bio, womaa abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase yi so no ho kwan, ma wɔdii wɔn so. Nanso, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso enti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfoɔ ne ahummɔborɔ Onyankopɔn. “Afei, yɛn Onyankopɔn, ɔkɛseɛ, otumfoɔ ne ɔnwanwani Onyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛeɛ no ɔmmu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛseɛ aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne yɛn agyanom so, firi ɛberɛ a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de bɛsi saa ɛberɛ yi. Ɛberɛ biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛseɛ a wotwe yɛn aso sɛdeɛ ɛsɛ wɔ so. Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfoɔ, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛdeɛ ne wo kɔkɔbɔ denden no so. Mpo, ɛberɛ a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ ɛberɛ a woahwie wʼayamyɛ adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛseɛ nanso, wɔannu wɔn ho amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho. “Enti, seesei, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodoɔ yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa. Afudeɛ a ɛbu so boro so no nyinaa akɔdi ahemfo a ɛsiane yɛn bɔne enti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwie so tumi. Yɛsom wɔn sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛseɛ mu. “Yeinom nyinaa akyi, yɛnam nkurukyire so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifoɔ ne asɔfoɔ din wɔ.” Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia, Seraia, Asaria, Yeremia, Pashur, Amaria, Malkia, Hatus, Sebania, Maluk, Harim, Meremot, Obadia, Daniel, Gineton, Baruk, Mesulam, Abia, Miyamin, Maasia, Bilgai ne Semaia. Yeinom ne asɔfoɔ no. Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel, ne wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ a, wɔne: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, Mika, Rehob, Hasabia, Sakur, Serebia, Sebania, Hodia, Bani ne Beninu. Ntuanofoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani, Buni, Asgad, Bebai, Adoniya, Bigwai, Adin, Ater, Hesekia, Asur, Hodia, Hasum, Besai, Harif, Anatot, Nebai, Magpias, Mesulam, Hesir, Mesesabel, Sadok, Yadua, Pelatia, Hanan, Anaia, Hosea, Hanania, Hasub, Halohes, Pilha, Sobek, Rehum, Hasabna, Maaseia, Ahiya, Hanan, Anan, Maluk, Harim, Baana. “Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no, wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so. “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa. “Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam. “Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra. Yei bɛboa ama yɛanya Hyiadan mu Burodo no, na yɛatumi abɔ atokoɔ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ berɛ ano berɛ ano, abɔ homeda afɔdeɛ hodoɔ, adi ɔbosome foforɔ afahyɛ ahodoɔ ne dapɔnna ahodoɔ no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho bɛhia ama yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ. “Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakane biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduane anaa aduaba a ɛfiri nnua so bɛba Awurade Asɔredan mu. “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no. “Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase. Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan no mu. Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu. “Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.” Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara. Na ɔmanfoɔ no kamfoo obiara a ɔfiri ne pɛ mu sane kɔtenaa Yerusalem no. Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so, nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuo mu nnipa no nie: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu; Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu. Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem. Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; na nʼakyiri no na Gabai ne Salai, ne abusuafoɔ ahankron aduonu nwɔtwe (928) ba. Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no. Asɔfoɔ no mu nnipa nie: Yoiarib babarima Yedaia; Yakin; ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima, ne wɔn mfɛfoɔ aha nwɔtwe aduonu mmienu (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima ne ne mfɛfoɔ ahanu aduanan mmienu (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofoɔ. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel. Lewifoɔ no nso nie: Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima; ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so; Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaeɛbɔ buee aseda afɔdeɛ som ano; Bakbukia a na ɔyɛ Matania abadiakyire ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima. Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan (284) na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu. Aponoanohwɛfoɔ no nie: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu (172) a na wɔwɛn wɔ apono no ano. Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ. Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so. Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase. Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammuo mu. Yudafoɔ no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraaseɛ, Dibon ne ne nkuraaseɛ ne Yekabseel ne ne nkuraaseɛ. Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa so, Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa so. Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu. Benyamin nkurɔfoɔ no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa so. Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, Hasor, Rama, Gitaim, Hadid, Seboim, Nebalat, Lod, Ono ne Adwumfoɔ Bɔnhwa mu nso. Wɔmaa Lewifoɔ a na wɔtete Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuo no ho, ne wɔn tenaeɛ. Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra, Amaria, Maluk, Hatus, Sekania, Rehum, Meremot, Ido, Ginetoi, Abia, Miamin, Maadia, Bilga, Semaia, Yoiarib, Yedaia, Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua ɛberɛ so no, na yeinom ne asɔfoɔ ntuanofoɔ ne wɔn mfɛfoɔ. Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no. Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfoɔ Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanimu. Ɔsɔfopanin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada, na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua. Ɛberɛ a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanin no, na asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no ne: Meraia a ɔtua Seraia abusua ano. Hanania a ɔtua Yeremia abusua ano. Mesulam a ɔtua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a ɔtua Amaria abusua ano. Yonatan a ɔtua Maluki abusua ano. Yosef a ɔtua Sebania abusua ano. Adna a ɔtua Harim abusua ano. Helkai a ɔtua Meraiot abusua ano. Sakaria a ɔtua Ido abusua ano. Mesulam a ɔtua Gineton abusua ano. Sikri a ɔtua Abia abusua ano. Miniamin ne Moadia abusua nso yɛ Piltai. Samua a ɔtua Bilga abusua ano. Yehonatan a ɔtua Semaia abusua ano. Matenai a ɔtua Yoiarib abusua ano. Usi a ɔtua Yedaia abusua ano. Kalai a ɔtua Salai abusua ano. Eber a ɔtua Amok abusua ano. Hasabia a ɔtua Hilkia abusua ano. Netanel a ɔtua Yedaia abusua ano. Persiahene Dario a ɔtɔ so mmienu ɛberɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ ne asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no nyinaa din wɔ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ yi pɛn so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua. Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ no din guu Abakɔsɛm Nwoma mu kɔsii Eliasib nana Yohanan ɛberɛ so. Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponoanohwɛfoɔ a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apono no ano no so. Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so. Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no. Wɔde nnwomtofoɔ no firi Yerusalem ne ne nkuraaseɛ ne Netofafoɔ nkuraaseɛ nyinaa bɔɔ mu baeɛ. Ebi nso firi Bet-Gilgal ne Geba pɔ mu hɔ ne Asmawet, ɛfiri sɛ, na nnwomtofoɔ no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia. Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, afei wɔdwiraa ɔmanfoɔ no ho, dwiraa apono no ne ɔfasuo no nso ho. Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no. Hosaia ne Yuda ntuanofoɔ no mu fa dii wɔn akyi, na Asaria, Ɛsra, Mesulam, Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia ne asɔfoɔ no bi a wɔhyɛne totorobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di hɔ. Ne korakora no, Sakaria mfɛfoɔ a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontodeɛ a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn onipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no na ɔdii santen no anim. Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho. Nnwontofoɔ a wɔtɔ so mmienu no faa atifi ɛkwan kɔhyiaa wɔn. Me ne ɔmanfoɔ no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasuo no so nam Fononoo Abantenten no ho kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no, afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano. Nnwontokuo mmienu a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuo ntuanofoɔ a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara. Yɛne asɔfoɔ a na wɔhyɛn totorobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ. Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri. Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie. Wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ no yɛeɛ. Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so. Enti, ɛfiri Serubabel ne Nehemia berɛ so no, na daa ɔmanfoɔ brɛ nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ ne Lewifoɔ no nnuane. Na Lewifoɔ no nso de deɛ wɔnya no mu bi ma asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no. Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase. Aseɛ ne sɛ, ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpamoo amanfrafoɔ no nyinaa firii badwa no ase. Ansa na saa asɛm yi rebɛsi no, na ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfoɔ no a na ɔsane yɛ Tobia busuani no, adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔdeɛ no yɛ Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea. Saa ɛberɛ no, na menni Yerusalem. Na masane kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahennie afe a ɛtɔ so aduasa mmienu so. Akyire no na ɔmaa me kwan sɛ mensane mmra. Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no, ɛtɔɔ me so, na meyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa guiɛ. Afei mehyɛɛ sɛ, wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu. Mesane hunuu sɛ wɔmfaa deɛ ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no nya no mmaa wɔn, enti, na wɔne nnwomtofoɔ no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asane akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuo mu. Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano. Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no. Kae saa ade pa yi yɛ, Ao me Onyankopɔn, na mma wo werɛ mfiri deɛ mefiri nokorɛdie mu ayɛ nyinaa de ama me Onyankopɔn Asɔredan. Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda. Na mmarima bi nso firi Tiro a wɔde nsuomnam ne adwadeɛ ahodoɔ bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafoɔ wɔ Yerusalem fie ankasa! Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? Monnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no enti na yɛn Onyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so seesei yi brɛɛ yɛn ne yɛn kuro yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntrasoɔ seesei no bɛma abufuhyeɛ aba Israelfoɔ so.” Na afei, mehyɛɛ sɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi sɛ Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no. Adwadifoɔ ne nsaanodwumayɛfoɔ a wɔde adwadeɛ ahodoɔ ba no soɛɛ Yerusalem mfikyire pɛnkorɔ anaa mprenu. Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so sɛ, “Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Ɛfiri hɔ, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. Na mehyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔnnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apono no sɛdeɛ Homeda no kronnyɛ no bɛka hɔ. Kae saa ade pa yi yɛ nso, Ao me Onyankopɔn, na wʼadɔeɛ kɛseɛ a ɛnsa da no enti, hunu me mmɔbɔ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab. Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa. Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ. Mebisaa sɛ, “Ɛnyɛ yei bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so ɔhene to ne ho a, ɛnyɛ yie. Onyankopɔn dɔɔ no, na ɔsii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Nanso, ɔno mpo ananafoɔ awadeɛ de no kɔɔ bɔne mu. Ɛdeɛn na ɛha mo ma modwene sɛ mobɛware ananafoɔ mmaa, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na monni Onyankopɔn nokorɛ? Esiane sɛ ɔsɔfopanin Eliasib babarima Yehoiada aware Horonni Sanbalat babaa enti, mepamoo no firii mʼanim. Kae wɔn, Ao me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔagu asɔfodwuma, asɔfoɔ ne Lewifoɔ bɔhyɛ ne ntam ho fi. Enti, meguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no. Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn. Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a ɔdii amantam ɔha aduonu nson so, firi India kɔsi Etiopia no ɛberɛ so. Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so. Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ. Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi. Yei nyinaa twaam no, ɔhene no too ɛpono sononko bi maa ahemfie hɔ asomfoɔ ne mpanimfoɔ nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi ɔketewa so. Ɛdii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfie adihɔ turo mu. Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so. Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwini ahodoɔ papa bi someeɛ, na adehyesa buu so hɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no. Nhyehyɛeɛ a na ɛwɔ asanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro deɛ ɔbɛtumi so. Nanso, wɔn a wɔbɛtumi anom no deɛ, wɔnomee sɛdeɛ wɔpɛ, ɛfiri sɛ, na ɔhene no aka akyerɛ ne fiefoɔ no sɛ, obiara bɛtumi anom sɛdeɛ ɔpɛ. Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu. Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ, wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara. Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma. Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo. Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu. Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?” Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no sɛ, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmaa Wasti afom, na wafom ɔpanin biara ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ wʼahemman no mu nyinaa. Sɛ mmaa a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wɔbɛfiri aseɛ atwiri wɔn kununom. Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha. “Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no. Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.” Ɔhene no ne nʼahenemma no faa no sɛ ɛyɛ adwene pa enti, wɔfaa Memukan afotuo no. Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so. Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ dwenee deɛ Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. Na nʼasomfoɔ susuu ho kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmaabunu ahoɔfɛfoɔ mfa wɔn mmrɛ ɔhene. Ɔhene nyi ananmusifoɔ bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmaa ahoɔfɛfoɔ yi mmra ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ opiani no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuro. Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so. Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia. Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa. Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ. Ɛster anka ne ɔman a ɔfiri mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. Ɛda biara Mordekai kɔnante fa ahemfie no adihɔ hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te sɛn. Ansa na wɔde ababaawa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuro yɛ ne ho afe. Wɔde kurobo ngo yɛ ne ho abosome nsia na ɛno akyi, wɔde aduhwam ne nku sononko bi ayɛ ne ho abosome nsia. Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no. Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no, ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu. Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so. Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no, Ɛster ankyerɛ baabi a ɔfiri ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotuo no so sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔne no teɛ no. Ɛda koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfie no, ɔhene no apiafoɔ baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kɔkoamfie no ɛpono ano awɛmfoɔ no bo fuu ɔhene Ahasweros, na wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. Mordekai tee atirisopam no, ɔbɔɔ ɔhemmaa Ɛster amaneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai amo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. Wɔkɔɔ asɛm no mu, hunuu sɛ asɛm a Mordekai bɛkaeɛ no yɛ nokorɛ no, wɔsɛnee mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔtwerɛɛ yei nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedie abakɔsɛm nwoma mu. Mmerɛ bi akyi, ɔhene Ahasweros pagyaa Agagni Hamedata babarima Haman diberɛ, yɛɛ no ɔsoafoɔ panin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyire. Sɛ Haman retwam a, ɔhene mpanimfoɔ bɔ wɔn mu ase, de kyerɛ obuo ne anidie a wɔwɔ ma no, ɛfiri sɛ, saa na ɔhene ahyɛ. Nanso, Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obuo ne anidie nso da. Ahemfie mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔhene ɛpono ano no bisaa Mordekai sɛ, “Adɛn enti na worebu ɔhene ɔhyɛ nsɛm so?” Adeɛ akye a ade asa yi, wɔkasa kyerɛɛ no nanso ɔkɔɔ so buu ɔhyɛ nsɛm no so. Enti, wɔbɔɔ Haman amaneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so anaa, ɛfiri sɛ, na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani. Ɛberɛ a Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto no, anaa ɔnnkyerɛ no obuo ne anidie no, ne bo fuiɛ. Enti, Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremfa ne nsa nka Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtɔre Yudafoɔ a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase. Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu. Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahemman yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforɔ biara deɛ bɔ abira, na mpo, wɔbu ɔhene mmara so. Ɛno enti, ɛnyɛ mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. Sɛ ɛbɛtumi a, Ɔhene kɛseɛ, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammufoɔ dwetɛ tɔno 375, na wɔde agu adehyeɛ fotoɔ no mu.” Ɔhene no penee so, worɔɔ ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no de sii asɛm no so dua. Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛdeɛ wopɛ no biara.” Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ ma ɔkaa deɛ ɔpɛ sɛ ɔtwerɛ de kɔma mmapɔmma, amantam amradofoɔ a wɔwɔ mmea nyinaa, adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam no mu, ma wɔtwerɛɛ no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kawa no sosɔɔ ano, na wɔde somaa abɔfoɔ maa wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkunkum Yudafoɔ nyinaa, mmɔfra ne mpanin, a mmaa ne mmɔfra ka ho, tɔre wɔn ase ɛda koro. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. Yudafoɔ agyapadeɛ no, wɔde bɛma wɔn akumfoɔ. Wɔde mmara no sɛso bi bɛkokɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfoɔ nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛdeɛ wɔbɛtumi adi dwuma no wɔ ɛda a wɔahyɛ no so. Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa. Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu. Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri sɛ wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu. Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho. Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ. Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa. Enti, Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ adwaberem a ɛwɔ ahemfie no ɛpono ano. Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛgu adehyeɛ fotoɔ no mu, nam so de atɔre Yudafoɔ no ase. Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ. Enti, Hatak sane kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsane mfa nkra nkɔma Mordekai sɛ, “Ewiase nyinaa nim sɛ, obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye sɛ, ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.” Enti, Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai. Mordekai nso de saa mmuaeɛ yi maa Ɛster sɛ, “Ɛnsusu da biara da sɛ, sɛ wɔkunkum Yudafoɔ no nyinaa a, wobɛnya wo tiri adidi mu wɔ ahemfie hɔ. Na sɛ woyɛ komm wɔ ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa wɔ ahemfie.” Na Ɛster de mmuaeɛ yi kɔmaa Mordekai sɛ, “Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.” Enti, Mordekai kɔyɛɛ sɛdeɛ Ɛster ka kyerɛɛ no no. Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano. Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti. Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!” Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.” Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monka nkyerɛ Haman sɛ, ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no.” Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no. Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.” Ɛster buaa sɛ, “Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie: Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.” Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuiɛ. Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano, de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho. Afei, Haman ka kaa ho sɛ, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.” Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.” Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene sɛ, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no sɛ, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no. Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so sɛ wɔbɛkum no. Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.” Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so. Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no sɛ, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” Ɔhene no kaa sɛ, “Momfa no mmra mu.” Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?” Haman bisaa ne ho sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?” Enti, ɔbuaa sɛ, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi animuonyam a, ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentadeɛ mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehyeɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɔ ne moma so ba. Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum sɛ, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’ ” Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.” Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.” Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase. Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no. Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!” Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.” Ɔhene Ahasweros bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?” Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.” Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim. Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru. Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ. Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?” Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru. Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.” Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ. Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri sɛ, na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no bɔ abusua. Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so. Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae. Bio, ɔhene no sɔɔ sika ahempoma no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti, ɔsɔre gyinaa nʼanim kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu. Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?” Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ɛster ne Yudani Mordekai sɛ, “Mede Haman agyapadeɛ ama Ɛster, na wɔasɛn no dua so, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ. Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.” Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho. Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so. Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ, ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ, wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ. Ɛda pɔtee a wɔtu sii hɔ maa adeyɛ yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson wɔ afe a na wɔrebɛsim no mu. Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfoɔ nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafoɔ no bɛsiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfoɔ so were. Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu. Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa. Anigyeɛ ne ahosɛpɛ hyɛɛ Yudafoɔ no ma ma, na wɔhyɛɛ wɔn animuonyam wɔ baabiara. Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no duruiɛ no, Yudafoɔ no sɛpɛɛ wɔn ho, hyɛɛ fa kɛseɛ na wɔdii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ, na wɔsuro deɛ Yudafoɔ no bɛyɛ wɔn. Na Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, wɔde ɔhene no mmara mmienu no yɛɛ adwuma. Saa ɛda no, na Yudafoɔ no atamfoɔ no ani da so sɛ, wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani daneeɛ. Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn. Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no. Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro. Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara. Wɔkunkumm nnipa ahanum wɔ Susa aban no mu. Afei, wɔkumm Parsandata, Dalfon ne Aspata, Porata, Adalia, Aridata, Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara. Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no amaneɛ a ɛfa nnipa dodoɔ a wɔkumm wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummerɛ no, ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.” Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.” Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuro wɔ Susa. Wɔsane de Haman mmammarima edu no amu sensɛnee dua no so. Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na wɔsane kunkumm nnipa ahasa, na bio, wɔamfa asadeɛ biara. Saa ɛberɛ no mu, na Yudafoɔ nkaeɛ no a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa no aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔkumm wɔn atamfoɔ no ɔpeduɔson enum, nam so nyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara. Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho. Nanso, Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no toaa so kunkumm wɔn atamfoɔ no da a ɛtɔ so mmienu no nso, na wɔhomee ne nnansa so didiiɛ, gyee wɔn ani. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yudafoɔ a wɔtete nkuraa a wɔntwaa afasuo mfaa ho no di saa afirinhyia dapɔnna yi. Wɔdi afoofi saa awɔberɛ da yi mu, sɛpɛ wɔn ho, de akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho. Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no. Enti, Yudafoɔ no faa Mordekai adwenkyerɛ no, hyɛɛ afirinhyia amanneɛ no ase. Na Hamedata, a ɔfiri Agag babarima Haman, a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no pamm sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔbosome a ɔnam ntontobɔ so nyaeɛ no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim). Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so. (Ɛno enti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete kasa a asekyerɛ ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahunu a wɔanya enti, Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da. Wɔbɛkae saa nna yi, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafoɔ mu, na nsɛm a ɛsiiɛ no nso wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den. Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so. Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirinhyiadeɛ a wɔdi no ɛnnɛ yi ara no tim. Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛdeɛ wɔasi no gyinaeɛ ama wɔn ho ne wɔn asefoɔ de ama mmuadadie ne agyaadwotwa mmerɛ atim no.) Enti Ɛster ɔhyɛ no sii Purim ho nhyɛhyɛɛ so dua, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa guu nkrataa mu. Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu. Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie. Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa, na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu. Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano. Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ. Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.” Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.” Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa? Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so. Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.” Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.” Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ. Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no, ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, Sebafoɔ bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi.” Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.” Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa sɛ, “Kaldeafoɔ de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.” Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie, na prɛko pɛ, ahum bi bɔ firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.” Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. Awurade de maeɛ, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!” Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ. Ɛda foforɔ bi, abɔfoɔ no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho baeɛ. Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.” Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.” Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!” Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no.” Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam. Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu. Ne yere bisaa no sɛ, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!” Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?” Yei nyinaa mu, Hiob anka asɛm bɔne. Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so. Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa. Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no. Ɔkaa sɛ, “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkaa sɛ, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’ Saa ɛda no nnuru sum; mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan; mma hann biara ntɔ ngu so. Ma esum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na esum mmunkam ne hann so. Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu. Saa anadwo no nyɛ obonini; mma wɔnnte anigyeɛ nteam wɔ mu. Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no. Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan, ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me, anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi. “Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ, ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no? Adɛn enti na nkotodwe gyee me ne nufoɔ sɛ mennum? Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu; anka mada regye mʼahome me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ, wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no, me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma. Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me sɛ ɔpɔn ba, te sɛ abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da? Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ, na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ. Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie; na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio. Nketewa ne akɛseɛ wɔ hɔ, na akoa de ne ho firi ne wura nsam. “Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann, na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa? Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma. Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ. Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie. Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a ɔnni daakye, deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu? Ahomekokoguo adane mʼaduane; na mʼapinisie gu te sɛ nsuo. Deɛ na mesuro no aba me so; deɛ na ɛbɔ me hu no ato me. Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ; menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara.” Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa? Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu? Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den. Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den; woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den. Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu; aba wo so, na wo ho adwiri wo. Wo nyamesuro mma wo ahotosoɔ anaa, na wʼakwan a ɛho nni asɛm mma wo anidasoɔ anaa? “Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn anaa? Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ? Sɛdeɛ mahunu no, wɔn a wɔfɛntɛm bɔne ne wɔn a wɔdua ɔhaw no, wɔtwa so aba. Sɛ Onyankopɔn home a, wɔsɛe; nʼabufuo ma wɔyera. Agyata bɛtumi abobom na wɔapɔ so, nanso wɔbɛbubu gyata akɛseɛ no se. Gyata annya haboa a ɔwu, na gyatabereɛ mma no bɔ hwete. “Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me na mʼaso tee no sɛ asomusɛm. Wɔ anadwo daeɛso basabasa mu, ɛberɛ a nnipa adeda nnahɔɔ no, ehu ne nketenkete kyeree me. Ɛmaa me nnompe nyinaa wosoeɛ. Honhom bi twaa mʼani so, na me ho nwi sɔre gyinaeɛ. Ɛgyinaeɛ, nanso, manhunu nʼabɔsuo. Biribi bɛgyinaa mʼanim, na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa sɛ, ‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn? Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa? Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfoɔ so, na sɛ ɔka nʼabɔfoɔ mpo anim a, hwan ne onipa a wɔde dɔteɛ anwene no, a ne fapem sisi mfuturo mu na wɔdwerɛ no ntɛm so sene abubummabaa? Ɛfiri anɔpahema kɔsi anwummerɛ wɔbubu wɔn mu nketenkete; na wɔyera korakora a obiara nhunu wɔn bio. Wɔtete wɔn ntomadan nhoma mu, ɛno enti wɔwuwu a wɔnnim.’ “Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ? Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ? Ahisɛm kum ɔkwasea, na anibereɛ kum atetekwaa. Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ, nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie. Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware, wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ. Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ, na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo, na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi. Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ mu na ɔhaw nso mmpue mfiri fam. Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu mpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro. “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim. Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ. Ɔtɔ nsuo gu asase so; na ɔde kɔ wira mu. Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn, na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ. Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ, ma wɔn nsa si fam. Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu, na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu. Esum duru wɔn awia ketee; na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo. Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu; ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu. Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ, na ntɛnkyea ka nʼano to mu. “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no, enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa. Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere; ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ. Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu; nson so, a bɔne biara renka wo. Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano. Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro. Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm; na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa. Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam, na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu. Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ; na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ. Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ. Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu, te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu. “Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛ ɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.” Na Hiob buaa sɛ, “Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie na me haw nso wɔde agu nsania so a, anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya. Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me. Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa, na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa? Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa, na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa? Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduane a ɛte saa no bɔ me yadeɛ. “Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisadeɛ, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me. Mepɛ sɛ Onyankopɔn dwerɛ me, sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me, ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi. Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da. “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ? Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ? Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa? Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa? Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa? Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi? “Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ, ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho. Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ, wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie ɛberɛ a sukyerɛmma renane na asukɔtweaa nso redane nsuo, nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio na ɔhyew enti nsuo no tu yera. Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase bonini so na wɔwuwu. Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo, adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo. Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri sɛ na wɔwɔ awerɛhyɛmu; wɔduruu hɔ, nanso wɔn anidasoɔ yɛ ɔkwa. Afei wo nso woakyerɛ sɛ wo ho nni mfasoɔ; Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro. Maka sɛ, ‘Momma me biribi? Maka sɛ momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika, anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam, ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’ “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ. Nokorɛka yɛ yea, na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn? Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ, mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa? Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesa dwa. “Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me. Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa? Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea; monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ. Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa? Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa? “Asase so som nyɛ den mma onipa anaa? Ne nkwa nna nte sɛ ɔpaani deɛ? Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no, saa ara na wɔatwa abosome hunu ato me hɔ, ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me. Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’ Nanso anadwo twam nkakrankakra, na mepere kɔsi ahemadakye. Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma, me honam asɛe na ɛrefiri nsuo. “Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo. Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ; na merennya anigyeɛ bio da. Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio; mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio. Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no, saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio. Ɔrensane mma ne fie da biara da; nʼatenaeɛ renkae no bio. “Ɛno enti meremmua mʼano; mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa, mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii. Meyɛ ɛpo anaa aboa kɛseɛ a ɔwɔ ebunu mu anaa, na mode me ahyɛ ɔwɛmfoɔ nsa yi? Sɛ medwene sɛ menya awerɛkyekyerɛ wɔ me mpa so, na mʼakonwa adwodwo mʼanwiinwii ano a, ɛno mpo na wode adaeɛso yi me hu na wode anisoadehunu hunahuna me, ɛno enti mepɛ akɔmfohyɛ ne owuo, sene me onipadua yi. Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Monnyaa me; na me nna nka hwee. “Ɔdasani ne hwan a ne ho hia wo sei, na wʼani ku ne ho, na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara na wosɔ no hwɛ ɛberɛ biara? Worenyi wʼani mfiri me so da, anaasɛ worennyaa me ɛberɛ tiawa bi mpo anaa? Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, Ao adasamma so wɛmfoɔ? Adɛn enti na watu wʼani asi me soɔ? Mayɛ adesoa ama wo anaa? Adɛn enti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛre biara, mɛda mfuturo mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na menni hɔ bio.” Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn? Wo nsɛm yɛ mframa huhuo. Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa? Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa? Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no, ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua. Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so na woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ, sɛ woyɛ kronn, na wotene a, wo enti, ɔbɛma ne ho so seesei na wama wo asi wo dada mu. Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra na daakye woanya ama abu so. “Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no, na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ. Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee. Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma. Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo. Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa. Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa? Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no, ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ. Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee. Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan. Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete; ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie. Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu. Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so; Ne nhini nyini fa abotan ho, na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu. Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a, saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’ Ampa ara ne nkwa twam, na afifideɛ foforɔ nyini asase no so. “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm na ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene. Ɔbɛma woasere bio, na wode ahosɛpɛ ateateam. Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ, na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.” Na Hiob kasaa bio sɛ: “Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene wɔ Onyankopɔn anim? Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a, ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano. Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti? Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hwee ɔbubu wɔn fa so wɔ nʼabufuo mu. Ɔwoso asase firi ne siberɛ, na ɔma ne nnyinasoɔ woso biribiri. Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, na ɔsɔ nsoromma hyerɛn ano. Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔnante ɛpo asorɔkye so. Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ; Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no. Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan. Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no; sɛ ɔsene a, menhunu no. Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan? Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ Onyankopɔn nkora nʼabufuo so; Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim. “Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ? Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn. Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, mennye nni sɛ ɔbɛtie mʼasɛm. Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ me ama mʼapirakuro adɔɔso kwa. Ɔremma menya mʼahome, bio. Ɔde awerɛhoɔ bɛhyɛ me ma tɔ. Sɛ ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ! Na sɛ ɛba atɛntenenee nso a, hwan na ɔbɛsamane no? Sɛ medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ; sɛ me ho nni asɛm a, ɛbɛbu me fɔ. “Ɛwom sɛ medi bem deɛ, nanso memmu me ho; abrabɔ afono me. Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno enti na meka sɛ, ‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm ne omumuyɛfoɔ.’ Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no, ɔsere deɛ ne ho nni asɛm no akomatuo. Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no, ɔfira ɛso atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan? “Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ; ɛsene kɔ a anigyeɛ kakra mpo nni mu. Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ te sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa. Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii, mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,’ me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara. Na menim sɛ, woremmu me bem. Woabu me fɔ dada enti, adɛn na ɛsɛ sɛ meha me ho kwa? Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina dware na mede samina hohoro me nsa ho a, wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu, ama mʼatadeɛ mpo akyiri me. “Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, na yɛakɔgyina asɛnniiɛ abobɔ yɛn nkuro. Sɛ anka obi wɔ hɔ a ɔbɛsiesie yɛn ntam na waka yɛn baanu abɔ mu a, obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so, sɛdeɛ nʼahunahuna mmɔ me hu bio a, anka mɛkasa a merensuro no, nanso saa tebea a mewɔ mu yi deɛ, mentumi. “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afiri me kra yeadie mu. Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ, na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me. Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya? Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ? Wowɔ ɔhonam mu ani anaa? Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa? Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani anaa wo mfeɛ te sɛ onipa, a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu? Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ, nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam. “Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me. Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa? Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ. Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio? Woanhwie me sɛ nufosuo no womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi, amfa wedeɛ ne honam ankata me ho ankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa? Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me, na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so. “Nanso yei na wode siee wʼakoma mu; na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu. Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me na wobɛma me ɛso asotwe. Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me! Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti, ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma na mʼamanehunu amene me. Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me. Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so; wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara. “Adɛn enti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me. Anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ. Aka kakra na me nna atwam, gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi ansa na makɔ koransane kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so, asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, sunsumma tumm ne sakasaka, baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.” Na Naamani Sofar buaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa? Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa? Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa? Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa? Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’ Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo. “Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa? Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu? Ne nsusuiɛ mu ware sene asase na ɛtrɛ sene ɛpo. “Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan? Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso; na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa? Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no. “Na sɛ wode wʼakoma ma no na wopagya wo nsa kyerɛ no, sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a, ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre; wobɛgyina pintinn a wonsuro. Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere, na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ. Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ, na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann. Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu. Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn. Amumuyɛfoɔ ani bɛfira, wɔrentumi nnwane; na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.” Na Hiob buaa sɛ, “Ampa ara mone nnipa no, na mowu a na nyansa asa! Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara na monnsene me. Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa? “Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ. Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm. Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaa sɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa. Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan, na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔ na Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban. “Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛ Awurade nsa na ayɛ yei. Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ ne adasamma nyinaa ahome. Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ, sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa? Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn, na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa? “Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea; afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea. Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi; deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no. Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee; sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no. Ahoɔden ne nkonimdie wɔ no osisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no. Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔ na ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea. Ɔworɔ ahemfo nkyehoma na ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene. Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma, na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu. Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ, na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu. Ɔde animguaseɛ gu atitire so na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ. Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi na ɔde esum kabii ba hann mu. Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu. Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam; na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so. Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ. “Mʼani ahunu yeinom nyinaa, mʼaso ate, na ate aseɛ nso. Deɛ wonim no, me nso menim; wo nsene me. Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ no na me ne Onyankopɔn toatoa adwene wɔ mʼasɛm ho. Mode atorɔ mmom na afɔre me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ! Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo! Afei montie mʼano asɛm; montie mʼanoyie. Mobɛka amumuyɛsɛm ama Onyankopɔn anaa? Mobɛka nnaadaasɛm ama no anaa? Mobɛkyea mo aso ama no? Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no anaa? Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie anaa? Mobɛtumi adaadaa no sɛdeɛ modaadaa nnipa no anaa? Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kɔkoam a, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka mo anim. Nʼanimuonyam mmɔ mo hu anaa? Ne ho suro nntɔ mo so anaa? Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbuo a ɛte sɛ nsõ; mo anoyie yɛ dɔteɛ. “Monyɛ dinn, na menkasa; na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so. Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ mu na mede me nkwa to me nsam? Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim. Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim! Montie me nsɛm yi yie; monyɛ aso mma deɛ meka. Afei a masiesie me nkurobɔ yi, menim sɛ mɛdi bem. Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa? Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu. “Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me, na afei meremfa me ho nsuma wo: Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no. Afei samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me. Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne. Adɛn enti na wode wʼanim asie me na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ? Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa? Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa? Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me, na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so. Wode nkyehoma gu me nan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu. “Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ, te sɛ atadeɛ a nweweboa adie. “Onipa a ɔbaa awo no no ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu. Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam; ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ. Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa? Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu? Obiara nni hɔ. Woahyehyɛ onipa nkwa nna; woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔ na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra. Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani. “Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no: Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio, na ne mman foforɔ no rempempan. Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu, nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio. Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no, saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu. “Sɛ anka wode me bɛsie damena mu de me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam! Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛ na afei woakae me! Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa? Mʼaperedie nna mu nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me foforɔyɛ bɛba. Wobɛfrɛ na mɛgye wo so; wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ. Afei wobɛkan mʼanammɔntuo na worenni me bɔne akyi. Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu, na woakata mʼamumuyɛ so. “Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie na abotan nso twe firi ne siberɛ no, sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho na osutɔ brane twe dɔteɛ kɔ no saa ara na wosɛe onipa anidasoɔ. Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ; wosakyera ne nipasu na wogya no kwan. Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu. Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ na ɔno ara ne ho na ɔgyam.” Na Temanni Elifas buaa sɛ, “Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma? Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ, aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa? Wototo onyamesuro ase mmom na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan. Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka; na woafa aniteɛ tɛkrɛma. Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ; wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo. “Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan? Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ? Wotie Onyankopɔn afotuo anaa? Wo nko ara na wonim nyansa anaa? Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim? Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie? Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa, wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo. Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa? Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ adɛn enti na wʼani asɔ ogya, na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano? “Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ, anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni? Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu. Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so, na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo. “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo, deɛ anyansafoɔ apae mu aka, a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie (wɔn a wɔde asase no maa wɔn ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ): Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa. Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no. Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so. Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu; wɔabɔ no ato hɔ ama akofena. Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane; ɔnim sɛ esum da no abɛn. Ɔhaw ne ahoyera yi no hu; ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko, ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ. Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den kɔ ne so a wɔnsuro no. “Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ, nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so na wɔatena afie a obi nte mu, afie a ɛrebubu mu. Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina, na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so. Esum bɛduru wɔn; ogyaframa bɛkusa wɔn mman, na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ. Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu. Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka, na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm. Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ, te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam. Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba, na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan. Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ; wɔn awotwaa siesie nnaadaa.” Afei Hiob buaeɛ sɛ, “Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom; na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ! Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa? Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi? Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo; anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa. Nanso, anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ. “Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto; na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae. Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ; woasɛe me fie pasaa. Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie; me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me. Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu na ɔtwɛre ne se gu me so; deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me. Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me. Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ. Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam. Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me; ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ. Ɔde me asi nʼani so; nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia, ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma pete guu fam. Ɔba me so ɛberɛ biara; na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ. “Mapam ayitoma akata me wedeɛ so na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu. Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ; sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia. Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara na me mpaeɛbɔ yɛ kronn. “Ao asase, nkata me mogya so; na mma wɔnsie me sufrɛ! Seesei mpo, me danseni wɔ soro; Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ. Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfo ɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi; ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim sɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no. “Mfeɛ kakra bi akyi mɛtu kwan akɔ koransane. Me sunsum atɔ piti, me nna so atwa, na damena retwɛn me. Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ. “Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ. Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ? Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wɔnni nkonim. Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a, ne mma ani bɛfira. “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasuo gu nʼani so. Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma. Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa. Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu. Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden. “Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ! Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu. Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam, saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ. Saa nnipa yi ma anadwo dane awia; esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’ Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena, sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu, sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a, na afei mʼanidasoɔ wɔ he? Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me? Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa? Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?” Na Suhini Bildad buaa sɛ, “Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi? Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa. Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi? Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete, wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa? “Omumuyɛfoɔ kanea adum; na ne ogya nnɛre bio. Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum; kanea a ɛsi ne ho no dum. Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase. Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu, na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu. Afidie sɔ ne nantin na ɛsɔ ne mu denden. Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam; afidie wɔ ne kwan mu. Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu. Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no. Ɛwewe ne honam ani baabi; na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa. Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene. Ogya te ne ntomadan mu; na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ. Ne nhini wuwu wɔ aseɛ na ne mman nso wu wɔ ɔsoro. Wɔrenkae no asase so bio; na ɔrennya edin wɔ asase so. Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no firi ewiase. Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu, na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ. Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho; na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa. Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ; sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.” Na Hiob kasaa bio sɛ, “Mobɛhyɛ me aniɛyaa na mode nsɛm abubu me akɔsi da bɛn? Mpɛn edu nie a moasopa me; mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so. Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mafom ɛkwan a, me mfomsoɔ yɛ me nko ara asɛm. Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a, ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia. “Ɛwom sɛ mesu sɛ, ‘Wɔafom me’ deɛ, nanso obiara mmua me; meteam pɛ mmoa, nanso atɛntenenee biara nni hɔ. Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene; wama mʼakwan so aduru sum. Wayi mʼanimuonyam afiri me so na watu mʼahenkyɛ afiri me ti so. Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; watu mʼanidasoɔ ase te sɛ dua. Nʼabufuo huru tia me; na wakan me afra nʼatamfoɔ mu. Nʼakodɔm ba anibereɛ so; wɔsisi mpie de tia me na wɔtwa me ntomadan ho hyia. “Wayi me nuammarima afiri me ho; na mʼamanifoɔ nso, watwe wɔn ho koraa. Mʼabusuafoɔ kɔ; na me nnamfonom werɛ afiri me. Mʼahɔhoɔ ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ; mete sɛ ɔnanani ma wɔn. Mefrɛ me ɔsomfoɔ, na ɔmmua; mpo, mete mʼano srɛ no. Me home bɔn me yere; me ho afono mʼankasa nuammarima. Mpo, mmarimmaa nkumaa bu me animtiaa; sɛ mepue a wɔdi me ho fɛw. Me nnamfo berɛboɔ kyiri me; mʼadɔfoɔ asɔre atia me. Maka honam ne nnompe, na ɛkaa kakraa bi, anka merewu. “Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me. Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam mu yea yi saa ara? “Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu, anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so, anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi wɔ sumpii so, anaa wɔnkrukyire wɔ abotan so afebɔɔ. Menim sɛ me odimafoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so. Na sɛ me wedeɛ wie sɛe a, mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn. Me ara mɛhunu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no. Mʼakoma ho pere no wɔ me mu. “Sɛ moka sɛ, ‘Yɛbɛteetee no, ɛfiri sɛ ɔhaw no firi ɔno ara’ a, ɛsɛ sɛ mosuro akofena no. Abufuo nam akofena so de asotwe bɛba, na mobɛhunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.” Na Naamani Sofar buaa sɛ, “Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua ɛfiri sɛ me ho yera me yie. Mate animka bi a ɛgu me ho fi, na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua. “Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete, ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so, sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ. Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ, nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’ Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu. Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio. Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma. Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfuturo mu. “Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase; ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dodom, nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu. Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu. Ɔbɛfefe awɔ borɔ; Ɔnanka se bɛkum no. Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no. Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani. Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo; ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so. “Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa. Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara. Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no. Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so na wabobɔ no basabasa. Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no. Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu. Ehu bɛba ne so; esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ. Ogya a wɔmfite mu bɛhye no, na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu. Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi, na asase asɔre atia no. Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ, saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no. Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ, awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.” Na Hiob buaa sɛ, “Montie me nsɛm no yie. Momma yei nyɛ awerɛkyekyerɛ a mode ma me. Monnya ntoboaseɛ mma me ɛberɛ a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔso nni fɛ. “Me nwiinwii hyɛ onipa anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ? Monhwɛ me, na mo ho nnwiri mo; momfa mo nsa nkata mo ano. Sɛ medwene yei ho a, mebɔ hu; na me ho popo. Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu? Wɔnyini kyɛ na wɔkɔ so di tumi. Wɔhunu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔsoɔ, wɔhunu wɔn nananom. Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so. Wɔn anantwinini nyɛ akrawa; na wɔn anantwibereɛ wo a, wɔmpɔn. Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri. Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani. Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan. Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’ Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho. “Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no? Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn? Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu. Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ; ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani. Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee nʼagyapadeɛ nyinaa bɛsɛe. “Obi bɛtumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ ɛberɛ a ɔbu atitire mpo atɛn? Obi wu wɔ ɛberɛ a ɔwɔ ahoɔden; ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no, na ne onipadua yɛ frɔmm, na ɛhon ahyɛ ne nnompe ma. Ɔfoforɔ nso de ɔkra mu yeadie wu, a wanka asetena pa anhwɛ da. Wɔsie wɔn nyinaa wɔ mfuturo korɔ mu, ma asonson korɔ no ara nuka wɔn. “Mahunu mo adwene, ɛkwan a mopɛ sɛ mobu me fɔ. Mopɛ sɛ moka kyerɛ me sɛdeɛ asikafoɔ ne amumuyɛfoɔ, wɔn bɔne enti, wɔhwere wɔn agyapadeɛ nyinaa. Nanso mommisa wɔn a wɔtu kwan; wɔbɛka akyerɛ mo sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wɔgyaa no ma no dwane abufuhyeɛ da. Hwan na ɔtumi kasa nʼanim? Hwan na ɔtua no deɛ wayɛ so ka? Wɔsoa no kɔ damena mu, na wɔwɛn nʼaboda. Bɔnhwa mu dɔteɛ yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na ɛdɔm a wɔntumi nkan wɔn di nʼanim. “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu akyekyere me werɛ? Mo mmuaeɛ nyɛ hwee sɛ atorɔ!” Na Temanni Elifas buaa sɛ, “Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa? Mpo onyansafoɔ ho bɛba no mfasoɔ anaa? Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya? Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? “Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim na ɔbɔ wo kwaadu anaa? Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ? Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo? Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara; wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya. Woamma abrɛfoɔ nsuo annom na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no. Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase, onimuonyamfoɔ a ɔte so. Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ. Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia, na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi, adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ, na asorɔkye akata wo so. “Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri? Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn! Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa? Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn ɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’ Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a abɔnefoɔ anante soɔ no so? Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso, na nsuyire hohoroo wɔn fapem. Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn! Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’ Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu, enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho. Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye; na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ, na ogya ahye wɔn agyapadeɛ.’ “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu; saa ɛkwan yi so na yiedie bɛyɛ wo kyɛfa. Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom, na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu. Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio: sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a, ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ; ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo. Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn. Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo, na wobɛdi wo bɔhyɛ so. Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu, na hann bɛtɔ wʼakwan so. Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a, ɔbɛgye wɔn a wɔahwe ase no nkwa. Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo, ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so bɛgye wɔn.” Na Hiob buaa sɛ, “Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi. Sɛ menim baabi a mɛhunu no; anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a, anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnyeɛ bebree. Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me, na madwene deɛ ɔbɛka ho. Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ. “Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no. Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho. Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ. Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane. Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane. “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree. Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no. Onyankopɔn ama mʼakoma aboto; Otumfoɔ ama mabɔ huboa. Nanso esum no mma menka mʼano ntom, esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo. “Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da? Nnipa yiyi aboɔ a wɔde ato hyeɛ; na wɔde nnwankuo a wɔawia kɔ hɔ adidi. Wɔpam nwisiaa mfunumu na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ. Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ. Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane te sɛ ɛserɛ so mfunumu no; asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma. Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu. Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa; wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu. Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ. Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano; na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu. Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma; wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara. Wɔkyi ngo wɔn adan mu; wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn. Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu, na apirafoɔ kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so. “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, wɔn a wɔnnim nʼakwan anaasɛ wɔnnante nʼatempɔn so. Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔre na ɔkum ohiani ne mmɔborɔni; adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ. Ɔwaresɛefoɔ twɛn ɛberɛ a adeɛ resa; ɔka sɛ, ‘obiara renhunu me,’ na ɔde nʼanim hinta. Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu, na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu; wɔne hann nni hwee yɛ. Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa; wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo. “Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu. Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no, saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ. Awotwaa werɛ firi wɔn, na ɔsonsono di wɔn nam; nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio na mmom wɔbubu te sɛ dua. Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa, na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ. Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ; ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ. Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so. Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio; wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti. “Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?” Na Suhini Bildad buaa sɛ, “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ? Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ? Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a, na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!” Na Hiob kasaa bio sɛ, “Woaboa deɛ ɔnni tumi! Woagye basa a ɛnni ahoɔden! Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo! Na woada nhunumu pa ara adi! Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu? “Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu, wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa. Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ. Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so. Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu, nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no. Ɔtrɛ ne omununkum mu de kata ɔsrane ani. Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam. Ɔsoro nnyinasoɔ woso, na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn. Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini. Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ; na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea. Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho; ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn! Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.” Hiob toaa nʼasɛm so sɛ, “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee, Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ; mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu, na Onyankopɔn homeɛ wɔ me mu yi, mʼano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkrɛma rentwa nkontompo. Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ; merenka me mudie nhyɛ, kɔsi sɛ mɛwuo. Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ. “Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔkyiri me nyɛ sɛ atorofoɔ. Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi, ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam? Onyankopɔn tie ne sufrɛ ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa? Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu? Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa? “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta. Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn? “Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn: Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da. Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn. Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ, nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no. Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ. Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio; ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera. Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire; ahum hwim no kɔ anadwo. Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio; ɛtwe no firi ne teberɛ. Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase. Ɔde fɛ bɔ ne nsam na ɔpamoo no firi ne teberɛ.” Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho. Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu. Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane. Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ; aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu. Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no, akorɔma biara ani nhunuiɛ. Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔ na agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ. Onipa nsa paapae abotan denden na ɔma mmepɔ ase da hɔ. Ɔtwa aka fa abotan mu, na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa. Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔ na ɔda nneɛma a ahinta adi. Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ? Ɛhe na nteaseɛ teɛ? Onipa renhunu ne bo a ɛsom; wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so. Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”; na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.” Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ. Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara. Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din; nyansa boɔ sene nhwene pa. Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ. Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie? Ɛhe na nteaseɛ teɛ? Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, wɔde asie ewiem nnomaa mpo. Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ, “Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.” Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase, na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase ano na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ na ɔsusuu nsuwa no, ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ na ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no, afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ; na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ. Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ, “ Awurade suro, ɛno ne nyansa; na sɛ wɔkyiri bɔne a, wowɔ nteaseɛ.” Hiob toaa so sɛ, “Mafe abosome a atwam no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no, ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea menantee esum mu no! Ao, ɛnna a mesii soɔ no, ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie, ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia, ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan na abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me. “Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano mekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem, mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn na mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ; atitire gyae kasa na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano; mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom. Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me, ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa, ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ. Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me; na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu. Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ; atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire. Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ, ne ɛnan maa abubuafoɔ. Meyɛɛ ahiafoɔ agya; na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn. Mebubuu amumuyɛfoɔ se na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom. “Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu, na me nna adɔɔso sɛ anwea. Me nhini bɛduru nsuo ano, na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa. Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so, na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’ “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me, wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo. Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie. Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo. Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn; mʼanimteɛ som bo ma wɔn. Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ. “Nanso seesei wɔsere me, nnipa a manyini sene wɔn, na wɔn agyanom mfata sɛ wɔne me nnwan ho nkraman tena. Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu? Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete, wɔnante asase wesee ne asase bonini so anadwo. Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane. Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu, na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ. Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo, abotan ne ɛfam ntokuro mu. Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiram na wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase. Ekuo a wɔmfra na wɔnni din, wɔpam wɔn firii asase no so. “Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu. Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim. Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim. Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so; wɔsum me nan mfidie, na wɔsisi apie tia me. Wɔsisi mʼakwan; na wɔnya me sɛe me na obiara mmoa me. Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu; wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba. Ahunahuna ma me ho dwiri me; mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu, me banbɔ atu ayera sɛ omununkum. “Na seesei, me nkwa resa; na amanehunu nna akyekyere me. Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyea a ɛwe me no nnyae. Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me; ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn. Ɔto me twene atɛkyɛ mu na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ. “Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ. Woba me so anibereɛ so; wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so. Wohwim me na wode mframa pia me; wodankyidankyi me wɔ ahum mu. Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu, baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa. “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu. Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa? Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa? Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ; ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ. Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim. Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me; megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa. Madane nnompo nuabarima, me ne apatuo na ɛbɔ. Me honam ani abiri na ɛhwanehwane; huraeɛ ama me ho adɔ. Me sankuo bɔ kwadwom, na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ. “Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ meremfiri akɔnnɔ mu nhwɛ ababaawa. Ɛdeɛn ne onipa kyɛfa a ɛfiri ɔsoro Onyankopɔn nkyɛn? Ɛdeɛn ne nʼagyapadeɛ a ɛfiri ɔsoro Otumfoɔ no nkyɛn? Ɛnyɛ ɔsɛeɛ mma amumuyɛfoɔ? Ɛnyɛ asiane mma wɔn a wɔyɛ bɔne? Ɔnhunu mʼakwan na ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa? “Sɛ manante wɔ nkontompo mu anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a, ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so na ɔbɛhunu sɛ me ho nni asɛm. Sɛ mʼanammɔntuo afom ɛkwan, sɛ mʼakoma adi mʼani akyi, anaasɛ me nsa ho agu fi a ɛnneɛ ma afoforɔ nni deɛ madua, na ma wɔntutu me mfudeɛ ngu. “Sɛ ɔbaa bi atɔ mʼakoma so, anaasɛ matɛ me yɔnko bi ɛpono akyi a, ɛnneɛ, me yere nyam ɔbarima foforɔ aduane, na mmarima afoforɔ ne no nna. Ɛfiri sɛ, anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so. Ɛyɛ ogya a ɛhye kɔduru ɔsɛeɛ mu na ɛbɛtumi atutu mʼagyapadeɛ nyinaa ase. “Sɛ mabu mʼasomfoɔ mmarima ne mmaa ntɛnkyea ɛberɛ a wɔ ne me nyaa asɛm, na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma? Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu? “Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no? Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu? Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden a mamma nwisiaa bi? Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ, na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ. Sɛ mahunu obi a ɔnni aduradeɛ na ɔrebrɛ, anaa ohiani bi a ɔnni atadeɛ, na sɛ wamfiri akoma mu anhyira me wɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye, sɛ mama me nsa so atia awisiaa bi, ɛsiane sɛ mewɔ tumi wɔ asɛnniiɛ enti a, ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri, ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so. Mesuroo ɔsɛeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn, na nʼanimuonyam ho suro enti mantumi anyɛ saa nneɛma yi. “Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’ sɛ masɛpɛ me ho wɔ mʼahodeɛ bebrebe enti, ahodeɛ a me nsa aka yi, sɛ mahwɛ owia a ɛhyerɛn anaa ɔsrane a ɛnam animuonyam mu, ama aka mʼakoma a obiara nnim na me nsa yɛɛ wɔn atuu de anidie maa wɔn a, ɛnneɛ na yeinom nso bɛyɛ bɔne a wɔbu ho atɛn, ɛfiri sɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokorɛ. “Mʼani nnyee wɔ me ɔtamfoɔ amanehunu ho anaa menseree no wɔ ɔhaw a aba ne so. Memmaa mʼano nyɛɛ bɔne sɛ mɛdome obi nkwa. Mʼasomfoɔ a wɔwɔ me fidua mu nkaa da sɛ, ‘Ɔma ɛkɔm de yɛn.’ Ɔhɔhoɔ biara anna abɔntene so da, ɛfiri sɛ me ɛpono ano daa hɔ da biara maa akwantufoɔ, Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛ de mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu? Suro a mesuro nnipadɔm ne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no enti meyɛɛ komm a mamfiri adi? (“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me. Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me; ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ. Ampa ara, anka mede bɛhyɛ mʼabatiri, anka mede bɛhyɛ sɛ ahenkyɛ. Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no; anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.) “Sɛ mʼasase team tia me na nisuo fɔ nʼakofie nyinaa, sɛ madi so aba a mentuaa ka anaasɛ mabu ɛso apaafoɔ no abamu a, ma nkasɛɛ mfifiri nsi ayuo anan mu na wira mfu nsi atokoɔ anan mu.” Hiob nsɛm no asi. Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri sɛ, na ɔtene wɔ ɔno ara ani so. Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem. Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ. Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no. Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ. Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ, “Meyɛ abɔfra, na moyɛ mpanimfoɔ; ɛno enti na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo. Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’ Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ. Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase. “Enti mese: Montie me; me nso mɛka mʼadwene. Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa, metiee mo adwenkyerɛ; ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no, meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ; mo mu biara anyi nʼanosɛm ano. Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa; Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’ Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a, anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no. “Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio; mo nsɛm asa. Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi, saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi? Me nso mɛka bi me nso mɛka mʼadwene. Ɛfiri sɛ, nsɛm ahyɛ mʼanomu ma, na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka; Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu; Me te sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae. Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; ɛsɛ sɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ. Merenyɛ animhwɛ na merenkorɔkorɔ obiara. Na sɛ makwadare akorɔkorɔ mu a, anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri hɔ ntɛm so. “Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka. Merebɛbue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so. Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu; na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim. Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfoɔ no ahome ma me nkwa. Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ; siesie wo ho, na ka si mʼanim. Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu. Ɛnsɛ sɛ wosuro me, na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so. “Nanso woaka ama mate, metee saa nsɛm no, na wokaa sɛ, ‘Meyɛ kronn na menni bɔne; me ho te na afɔdie biara nni me ho. Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ; wafa me sɛ ne ɔtamfoɔ. Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu; na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’ “Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani. Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa? Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so, na ebia nnipa nte. Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu, ɛberɛ a nna afa nnipa na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so, ɔtumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu, sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho na watwe no afiri ahantan ho, sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano. Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so na ne nnompe mu yea nnyae da, kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara; ɔfɔn yɛ basaa, na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ. Ne ɔkra bɛn damena, na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ. “Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a, ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ, ‘Monnyaa no na wankɔ damena mu; na manya mpatadeɛ ama no,’ afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ, na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ. Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ, ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni. Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ, ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene, nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me. Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu, enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’ “Onyankopɔn yɛ yeinom nyinaa ma onipa, mprɛnu ne ne mprɛnsa so, sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu, na nkwa hann no ahyerɛn ne so. “Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ dinn na menkasa. Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; kasa, na mepɛ sɛ wɔbu wo bem. Sɛ ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me. Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.” Afei Elihu kaa sɛ, “Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm; mo animdefoɔ monyɛ aso mma me. Ɛfiri sɛ aso sɔ nsɛm hwɛ sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no. Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn. Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ. “Hiob kaa sɛ, ‘Me ho nni asɛm, nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea. Ɛwom sɛ mʼasɛm da ɛkwan mu, nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ; ɛwom sɛ menyɛɛ bɔne biara, nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.’ Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiabuo sɛ nsuo? Ɔne amumuyɛfoɔ nante; na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ. Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔnnya ho mfasoɔ biara.’ “Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me. Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ. Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka; deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so. Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn, na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ. Hwan na ɔde no sii asase so? Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa? Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a, anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu. “Sɛ mowɔ nhunumu a, montie yei; montie deɛ meka. Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so? Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no fɔ anaa? Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo sɛ, ‘Mo ho nni mfasoɔ,’ na ɔka kyerɛɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ atirimuɔdenfoɔ’? Ɔnhwɛ mmapɔmma anim na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma. Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, wɔ anadwo dasuo mu; nnipa no ho woso na wɔsene kɔ; ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa. “Nʼani hwɛ nnipa akwan; na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara. Baabiara nni hɔ a aduru sum, esum kabii, a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta. Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo. Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu. Ɛfiri sɛ ɔhunu wɔn nneyɛeɛ, ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn. Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so ka wɔ baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn, ɛfiri sɛ, wɔmane firii nʼakyi kɔeɛ na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ. Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su. Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no? Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ, ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene, sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie. “Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio. Kyerɛ me na menhunu; na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’ Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka, wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa? Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me; enti ka deɛ wonim kyerɛ me. “Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka, animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ, ‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’ Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ, ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ! Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.” Afei, Elihu kaa sɛ: “Wogye di sɛ yei fata? Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’ Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’ “Mepɛ sɛ mebua wo ne wo nnamfonom nyinaa. Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa. Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so? Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam? Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wo na wo tenenee pira nnipa mma nko ara. “Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase; na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam. Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ, deɛ ɔma nnwom anadwo no, deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’ Sɛ nnipa su team a, ɔmmua, amumuyɛfoɔ ahantan enti. Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfoɔ remmu. Woka sɛ wonhunu no, nanso sɛ wotwɛn no a, ɔde atɛntenenee bɛba enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no. Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mma na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii. Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu; nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.” Elihu toaa ne kasa so sɛ, “Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn. Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri; mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee. Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo; na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu. “Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa; ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu. Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu, na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn. Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so. Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ na ɔma wɔn so afebɔɔ. Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a, ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne. Ɔma wɔtie ntenesoɔ na ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho. Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a, wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn. Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano, na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ. “Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so; mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa. Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu, wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu. Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn; na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu. “Ɔregye wo afiri ahohiahia mu de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie, deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma. Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so; atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu. Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo; mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo. Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohaw bebrebe nyinaa enti, worenkɔ amanehunu mu anaa? Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu. Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho, deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu. “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu. Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno? Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’ Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwontoɔ akamfo no. Adasamma nyinaa ahunu; nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri. Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so! Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea. “Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ, ma ɛdane osutɔ gu asutene mu; na omununkum tɔ bosuo gu fam na osutɔ bebree gu adasamma so. Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase, sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ? Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ ɛpo bunu mu. Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so na ɔma aduane bu wɔn so. Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma na ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ. Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ; na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba. “Yei ma mʼakoma bɔ paripari na ɛbɔ denden pa ara. Tie! Tie ne nne mmobom, ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba. Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ɛkɔduru asase ano. Ɛno akyi na ne mmobom no ba; ɔde nne kɛseɛ bobom. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no. Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa; ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so. Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’ ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’ Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti, ɔma obiara gyae nʼadwuma. Wiram mmoa kɔtetɛ; wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu. Ahum tu firi ne pia mu, na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu. Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba, na nsuo hahanaa no kyene. Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma; na ɔtwa nʼanyinam fa mu. Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini fa asase so nyinaa so hyia yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara. Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso, anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ. “Tie yei, Hiob; gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho. Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum, na ɔma anyinam tete firi mu? Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem, deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ? Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no, wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem, a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ? “Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa? Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa? Obiara rentumi nhwɛ owia, sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiem ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ. Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu. Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ; nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ. Ɛno enti nnipa de anidie ma no, na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.” Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ, “Hwan ne deɛ ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu katakata mʼafotuo so? Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na wobɛyi mʼano. “Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wonim a, ka ɛ. Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim! Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani? Ɛdeɛn so na ɛgyina, anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no, ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no? “Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi, ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu, ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ na mede esum kabii kyekyeree noɔ, ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ na mesisii nʼapono ne nʼadaban, ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’? “Woahyɛ mmara ama adekyeeɛ da? Anaa woakyerɛ no nʼafa, sɛ ɛnkɔka asase ano na ɛntu amumuyɛfoɔ mfiri so? Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase; na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ. Wɔde amumuyɛfoɔ hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔapagya no mu abu. “Woapɛɛpɛɛ mu ahunu nsutire a ɛpo firi mu ba anaa woanante ne bunu mu? Wɔde owuo apono akyerɛ wo? Woahunu owuo sunsumma apono anaa? Woate ewiase a ɛda hɔ hahanaa no ase anaa? Sɛ wonim yeinom nyinaa a, ka kyerɛ me. “Ɛhe na hann firi ba? Na ɛhe na esum nso kɔ? Wobɛtumi de wɔn akɔ wɔn siberɛ? Wonim akwan a ɛkɔ wɔn atenaeɛ? Ampa ara wonim, ɛfiri sɛ na woawo wo dada. Woanyini yie! “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da, anaa woahunu asukɔtweaa adekoradan a makora so ama ahohiahia berɛ, ɔsa ne akodie nna? Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba, anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so? Hwan na ɔtwaa ɛka maa osubransam, ne ɛkwan maa aprannaa mmobom, sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte soɔ so, anweatam a obiara nni soɔ, na ama asase bonini a ɛyɛ wesee yi afɔ na ɛserɛ afifiri so? Osutɔ wɔ agya anaa? Hwan na ɔyɛ agya ma obosuo? Hwan yafunu mu na nsukyeneeɛ fire? Hwan na ɔwoo nsukyeneeɛ mporoporowa firi soro ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ, na ebunu ani kyene? “Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma? Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa? Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ? Wonim mmara a ɛfa ewiem ho? Wobɛtumi de Onyankopɔn ahennie aba asase so? “Wobɛtumi ama wo nne aduru omununkum so na wode nsuo akata wo ho anaa? Wobɛtumi ama anyinam atwa? Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnnie anaa’? Hwan na ɔde nyansa ma akoma anaasɛ ɔde nteaseɛ hyɛ adwene mu. Hwan na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? Hwan na ɔbɛtumi akyea ɔsoro nsuo nkotokuo, ɛberɛ a mfuturo ayɛ den ama dɔteɛ atɔatɔ keka bɔ mu. “Wokɔ ahayɔ ma gyatabereɛ ma agyata didi mee ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn abɔn ano anaasɛ wɔtetɛ nnɔtɔ ase? Hwan na ɔma anene aduane ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn na wɔkyinkyini pɛ aduane? “Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ? Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba? Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn? Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa? Wɔkoto wowo wɔn mma; na wɔn awokoɔ yea to twa. Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram; na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio. “Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die? Hwan na ɔsanee ne nhoma? Mede asase bonini maa no sɛ ne fie, ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ. Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no; na ɔnte ɔkafoɔ nteateam. Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea; ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara. “Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa? Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so? Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa? Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa? Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa? “Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so, nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho. Ɔto ne nkosua gu asase so ma mfuturo ka no hye, ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no, sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so. Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea; ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa, wamma no nhunumu biara. Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ. “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no? Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ, na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa? Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu. Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara; ɔhunu akofena a ɔnnwane. Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu, na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho. Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam; na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako. Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’ ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri, ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ. “Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ? Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro kɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ? Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda; ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden. Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane; nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri. Mogya yɛ ne mma aduane, na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.” Afei Awurade buaa Hiob sɛ, “Deɛ ɔne Otumfoɔ no wɔ asɛm no bɛtene ne so anaa? Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!” Na Hiob buaa Awurade sɛ, “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ? Mede me nsa memua mʼano. Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ mprenu so, na merenkasa bio.” Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ, “Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wobua me. “Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa? Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem? Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ, na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ? Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fira anidie ne kɛseyɛ. Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase, hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ. Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu; kata wɔn anim wɔ damena mu. Na afei mʼankasa mɛgye atom sɛ wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa. “Hwɛ susono, deɛ meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe ɛserɛ te sɛ ɔnantwie. Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu! Ne dua hinhim sɛ ntweneduro; ne srɛ mu ntini yɛ peperee. Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn, nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban. Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so. Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no, na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ. Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda, na atɛkyɛ mu demmire akata no so. Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so; na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia. Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw. Obi bɛtumi akye no animono; anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu? “Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma? Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu, anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu? Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa? Ɔne wo bɛkasa brɛoo? Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa? Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa? Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa? Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho? Wode wo nsa ka no a, wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio! Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo. Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no. Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me. “Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm. Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma, na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho? Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan, a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no? Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ, ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa; sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti, mframa biara mfa ntam. Ɛtoatoa mu dendeenden a emu ntumi ntete. Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya; nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann. Egyatɛn turi firi nʼanom na nsramma turituri firi mu. Wisie tene firi ne hwene mu te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ. Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ, na egyadɛreɛ tu firi nʼanom. Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu. Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee; ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho. Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan; ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ. Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa; sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane. Akofena wɔ no a, ɛnka no, pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara. Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi na kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no. Agyan mma no nnwane; ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no. Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so; na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ. Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam. Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu. Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ; na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono. Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ. Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee. Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.” Na Hiob buaa Awurade sɛ, “Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa; obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ. Wobisa sɛ, ‘Hwan ni a ɔnni nimdeɛ nso ɔsi mʼafotuo ho ɛkwan?’ Ampa ara mekaa nneɛma a mente aseɛ ho nsɛm, nneɛma a ɛyɛ nwanwa ma me. “Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa; mɛbisa wo nsɛm na ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’ Mate wo nka pɛn, na seesei deɛ, mʼani ahunu wo. Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.” Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no. Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.” Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ. Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no. Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa. Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem. Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa. Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk. Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuammarima no ho maa wɔn agyapadeɛ. Yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan; ɔhunuu ne mma ne ne mmanana awoɔ ntoatoasoɔ ɛnan. Afei ɔwuiɛ a na wayɛ akora pa ara. Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea. Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie. Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu. Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera. Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi? Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no. Wɔka sɛ, “Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.” Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; Awurade di wɔn ho fɛw. Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ, “Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.” Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ: Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼAgya. Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ, asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea. Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.” Enti mo ahemfo, monsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ. Momfa suro nsom Awurade na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu. Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu ansɛe mo wɔ mo akwan so, ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa. Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! Bebree no ara ka fa me ho sɛ, “Onyankopɔn rennye no”. Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. Metɔ hɔ na meda a, menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so. Merensuro atamfoɔ mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no. Sɔre, Ao Awurade ! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se. Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ. Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi? Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a. Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu. Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu. Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no. Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwene mʼapinisie ho. Tie me mmoa ho sufrɛ, me Ɔhene ne me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ. Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn. Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena. Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa. Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ. Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, mɛba wo fie; na anidie mu na mɛkoto akyerɛ wʼasɔredan kronkron no. Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan wɔ wo tenenee mu mʼatamfoɔ enti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim. Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo. Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu. Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so. Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu. Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ. Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ. Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi. Ao, Awurade me Onyankopɔn, medwane metoa wo; Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata na wɔatete me mu asinasini a obiara rentumi nnye me. Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei na sɛ afɔdie aba me so a, sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a, ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; ma wɔntiatia me so wɔ fam na wɔmma me funu nna mfuturo mu. Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade ! Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo. Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara. Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia. Firi soro hɔ di wɔn so; ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni. Ao Onyankopɔn teneneeni, wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu, fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ na ma ateneneefoɔ nya banbɔ. Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no. Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara. Sɛ wansesa nʼadwene a, ɔbɛse nʼakofena ano; ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu. Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ; ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado. Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa. Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no hwe tokuro a watu no mu. Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so. Mede aseda bɛma Awurade ne tenenee enti na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so. Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa, mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano. Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a, onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire. Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase: nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso, ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa. Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”. Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa. Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni. Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim. Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee. Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio. Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnnkae wɔn bio mpo. Awurade di ɔhene daa daa; wasi nʼatemmuo ahennwa. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn; ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so. Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu. Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so. Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano, na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu. Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan. Awurade atɛntenenee da no adi; amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn. Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora. Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim. Hunahuna wɔn, Ao Awurade; na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma. Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa? Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi? Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn. Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi. Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade; na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu. Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw. Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim; mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase. Ɔtɛ wɔ nkuraase; ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn. Ɔte sɛ gyata a wahinta; ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu. Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.” Sɔre, Awurade ! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ. Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Ɔremfrɛ me akontabuo so?” Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ. Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, amumuyɛ a anka wɔrenhunu no. Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so. Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ, na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so renhunahuna obiara bio. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so. Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ. Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?” Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu. Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn. Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa. Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa; nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu. Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene; wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?” “Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no ne ohiani apenesie no enti, mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.” Awurade asɛm yɛ nokorɛ te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mprɛnson. Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho, abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ. Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade? Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu. Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea. Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so? Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa, deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo, deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da. Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn, na wo mu na menya hintabea. Meka kyerɛɛ Awurade sɛ, “MʼAwurade ne wo; menni adepa biara ka wo ho.” Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ, wɔne animuonyamfoɔ a mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu. Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso. Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi na meremfa mʼano memmɔ wɔn din. Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya banbɔ. Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye. Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo; na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me. Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da. Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie; me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so. Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ. Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne. Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho. Menam wʼakwan so daa; me nan nnwatiriiɛ. Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn na wobɛgye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ. Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam. Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no. Wɔpirim wɔn akoma, na wɔkasa ahantan so. Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ. Sɔre, Ao Awurade ! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam. Ao Awurade fa wo nsa gye me firi nnipa a wɔte sei nsam asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmammarima wɔ bebree, na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma. Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden. Awurade ne me botantim; mʼaban ne me gyefoɔ; me Onyankopɔn ne me botan Ne mu na menya me hintabea. Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden. Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so. Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom. Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu. Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom, na egyasramma dɛre firii mu. Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase. Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. Ɔde sum kataa ne ho, osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia. Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ. Awurade bobɔɔ mu firii soro; Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio. Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ, ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn. Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ, ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti, Ao Awurade. Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam, wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no. Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me. Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me. Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne. Madi ne mmara nyinaa so: memmuu nʼahyɛdeɛ so. Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, na matwe me ho afiri bɔne ho. Awurade agyina me teneneeyɛ ne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka. Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu. Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn. Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa, na wobrɛ ahantanfoɔ ase. Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, woma me sum dane hann. Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, na ɔma me kwan yɛ pɛ. Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ. Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea. Ɔsiesie me ma ɔko, na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua. Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me, na wo nsa nifa kura me. Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ. Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri. Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn; mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn. Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔhwehwee ase wɔ me nan ase. Wode akodie ahoɔden maa me; womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase. Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me. Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn, wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua. Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo; me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ. Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ. Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me; ananafoɔ koto mʼanim. Wɔn nyinaa botoboto; wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so. Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan! Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so! Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me, ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase, ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so, wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam. Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din. Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma, Ɛda biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ. Ɔkasa anaa nsɛm nnim na wɔnnte wɔn nne. Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia, a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu, te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika. Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ. Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa. Awurade ahyɛdeɛ tene; ɛma akoma mu anigyeɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ɛbue ani. Awurade suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene. Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ sene sikakɔkɔɔ amapa mpo; ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ, sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu. Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ, ɛsodie so akatua yɛ bebree. Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ? Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me. Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho. Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade me Botan ne me Gyefoɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban. Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den. Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani. Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie. Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo. Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa; ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ. Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so. Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn. Ao Awurade gye ɔhene nkwa! Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti! Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no. Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no. Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ. Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no. Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me. Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim. Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu. Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, na ne ogya no ahye wɔn. Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu. Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim; ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so. Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom. Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me? Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware? Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so, mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome. Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo woɔ. Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ; wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn. Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ. Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa. Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw; wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ: “Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmɛgye no. Ma ɔmmɛboa no, ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.” Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ na womaa mede me ho too wo so ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo. Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ; ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn. Ntwe wo ho mfiri me ho! Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn na ɔboafoɔ nni baabi. Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia. Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me. Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahodwo. Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku; anane afiri me mu. Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me ato owuo mfuturo mu. Nkraman atwa me ho ahyia nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia, wɔahwire me nsa ne me nan mu. Mɛtumi akan me nnompe nyinaa; Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me. Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa, na wɔbɔ me ntoma so ntonto. Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho. Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me. Gye me kra firi akofena ano; gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase. Gye me nkwa firi gyata anom; gye me firi ɛkoɔ mmɛn so. Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni! Ɔmmuu nʼani nguu ɔmanehunufoɔ ateetee so, ɔmfaa nʼanim nhintaa no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa. Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo; mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim. Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa. Asase ano nyinaa bɛkae akɔ Awurade nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkoto nʼanim, ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awurade na ɔdi amanaman so ɔhene. Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu. Nkyirimma nyinaa bɛsom no; wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ. Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ nnipa a wɔnnya nwoo wɔn ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho, ɔdwodwo me kra. Ɔde me fa akwantenenee so, ne din enti. Sɛ menam owuo sum kabii mu mpo a, mensuro bɔne bi, ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ. Woto me ɛpono wɔ mʼatamfoɔ anim. Wode ngo afɔ me tirim; me kuruwa ayɛ ma abu so. Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fie daa. Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea; ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no; ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so na ɔde sii nsuo ani. Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no? Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, deɛ ne kra nni ahoni akyi na ɔnnka ntanhunu. Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn. Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ, wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn. Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu. Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ. Mommuebue, Ao mo apono mommuebue, mo tete apono, na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu. Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne animuonyam Ɔhene no. Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo; wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to. Mma mʼanim ngu ase na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim. Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase. Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade, na me nhunu wʼatempɔn. Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ, na mʼani da wo so daa nyinaa. Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ a ɛwɔ hɔ firi tete no. Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne ne mʼatuateɛ akwan; kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ. Awurade yɛ, na ɔtene; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan. Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ. Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ. Ao Awurade, me bɔne so deɛ, nanso wo din enti, fa kyɛ me. Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no. Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ. Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no; na ɔma wɔhunu nʼapam. Mʼani da Awurade so daa, ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu. Dane wʼani hwɛ me, na dom me, ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ. Mʼakoma mu dadwene adɔɔso; yi me dadwene firi me so. Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa firi me so. Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me! Bɔ me nkwa ho ban na gye me. Mma mʼanim ngu ase, ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo. Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mʼani da wo so. Gye Israel, Ao Onyankopɔn, firi wɔn haw nyinaa mu. Bu me bem, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim. Sɔ me hwɛ, Ao Awurade, hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu. Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa na mɛnante wo nokorɛ mu. Me ne nnaadaafoɔ ntena na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ. Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena. Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade, na mepae mu ka wʼayɛyie na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa. Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no. Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho, wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma. Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. Me nan sisi asase tamaa so; na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade. Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ; hwan na mensuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hwan anim na me ho mpopoɔ? Sɛ nnipa bɔne toa me pɛ sɛ wɔkum me a, sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase. Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, mʼakoma rentu; mpo sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu. Adeɛ baako na mebisa Awurade; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie. Wɔ hia ɛda mu no ɔde me sie nʼatenaeɛ; ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro. Afei ɔbɛma me tiri so wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade. Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so! Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ. Mfa wʼanim nhinta me, mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ me ɔboafoɔ ne wo. Mpo me na nnya me, Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn. Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ, nanso Awurade bɛgye me. Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade; fa me fa ɛkwan tee so, me nhyɛsofoɔ enti. Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ, adansekurumfoɔ sɔre tia me na wɔpu awurukasɛm. Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ: mɛhunu Awurade ayamyɛ wɔ ateasefoɔ asase so. Twɛn Awurade. Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru na twɛn Awurade. Wo na mesu mefrɛ wo, Ao Awurade me Botan; nsi wʼaso wɔ me enti. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Tie me mmɔborɔ su ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa ɛberɛ a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ wɔn a wɔyɛ bɔne no. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu. Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so. Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio. Ayɛyie nka Awurade, ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su. Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase. Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ; ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo. Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ. Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu. Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so. Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam. Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete. Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba. Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ. Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!” Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ. Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn. Mema wo so, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me. Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yadeɛ. Ao Awurade, woyii me firii damena mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu. Monto ayɛyie nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no. Nʼabufuo nkyɛre, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa. Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, “Merenhinhim da.” Ao Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔ gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaa me no, me bo tuiɛ. Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ: “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa? Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ! Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.” Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me, sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea; mma mʼanim ngu ase; firi wo tenenee mu gye me. Yɛ aso ma me, bra ntɛm bɛgye me; yɛ me banbɔ botan, aban a mʼatamfoɔ nsa renka me. Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan. Gye me firi afidie a wɔasum me no mu, ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea. Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ. Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; mede me ho to Awurade so. Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu, ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu na wonim me kra mu haw. Woamfa me amma ɔtamfoɔ no mmom wode me nan asisi petee mu. Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ. Ateeteeɛ rete me nkwa so na abooboo te me mfeɛ so; ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam na me nnompe nso ahodwo. Mʼatamfoɔ nyinaa enti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wɔnim me suro me, na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane. Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; mayɛ sɛ kukuo a abɔ. Mete dodoɔ no nsekuro. Ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me tiri so na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me. Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade; meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.” Me mmerɛ wɔ wo nsam gye me firi mʼatamfoɔ ne wɔn a wɔtaa me no nsam. Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm. Mua atorofoɔ ano, ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo kasa tia teneneefoɔ. Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim. Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. Ayɛyi nka Awurade ! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu. Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no. Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ. Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa. Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so, na nnaadaa nni ne honhom mu. Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti. Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ. Afei, megyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumuyɛ so. Mekaa sɛ, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me. Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ ɛberɛ a wɔhunu woɔ; ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, ɛrenka no. Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia. Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ mɛtu wo fo na mahwɛ wo so. Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a ɔnni nteaseɛ enti wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn. Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no, ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia. Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ; monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ. Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ, ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ. Momfa sankuo nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so. Monto dwom foforɔ mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so! Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu. Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma. Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo. Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo; na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ. Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade; na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no. Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn. Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ; ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa. Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa, nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ. Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade, nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no. Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro. Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma, enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa. Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi. Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu. Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm. Ne mu na yɛn akoma di ahurisie, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so. Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade, sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ. Mede aseda bɛma Awurade berɛ nyinaa; nʼayɛyie wɔ mʼanom daa. Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie. Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din! Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu. Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da. Ohiani yi frɛeɛ, na Awurade tiee no; na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu. Awurade ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, na ɔgye wɔn. Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ. Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu. Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ, na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee. Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn. Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro. Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree? Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no. Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ; Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so. Ateneneefoɔ team su, na Awurade tie wɔn; ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu. Awurade bɛn wɔn a wɔapa aba na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa. Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree nanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu; ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛdeɛ emu baako mpo mmu. Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ; ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo. Awurade gye nʼasomfoɔ nkwa; wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu. Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie; ko tia wɔn a wɔko tia me. Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu; na sɔre bra bɛboa me. Twe pea ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me so ka kyerɛ me kra sɛ, “Mene wʼagyenkwa.” Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn. Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so. Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe. Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu. Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade? Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.” Adansekurumfoɔ sɔre; wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm. Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa. Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no, mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame. Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; wɔtwɛree wɔn se guu me so. Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam. Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ. Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ. Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, na mmom, wɔde ntwatosoɔ tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.” Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano. Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade. Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade. Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn; mma wɔn nhwɛ me haa nsere. Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.” Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ. Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.” Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho. Wɔnnsuro Onyankopɔn. Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ. Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa. Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne; na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan na ɔmpo deɛ ɛnyɛ. Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn. Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ. Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu. Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ; wo hann mu na yɛhunu hann. Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo, ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu. Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me. Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio. Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne; Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu. Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ. Ma wʼani nka Awurade ho na woama wo deɛ wʼakoma pɛ. Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam; na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ: ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ, na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ. Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no, nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so. Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ; nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara. Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no, wɔbɛnya asase no adi so. Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn. Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ. Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so; nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ, na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn. Amumuyɛfoɔ twe akofena na wɔkuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene. Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu. Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya; ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ. Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa. Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ. Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so. Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren; wɔbɛtu ayera sɛ wisie. Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma; Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so, na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu. Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntuo si pi. Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase, ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam. Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa, na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduane. Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa; na ne mma bɛnya nhyira. Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa na wobɛtena asase no so afebɔɔ. Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene, na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no. Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu. Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔatena so afebɔɔ. Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene. Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu; ne nan nnwatiri. Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn, nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ. Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu. Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ, nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no. Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene; na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye. Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa; na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase. Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu. Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn; ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa, ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu. Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. Wo bɛmma ahwire me mu, na wo nsa adwerɛ me. Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; me bɔne enti, me nnompe ahodwo. Mʼafɔdie amene me te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo. Mʼakuro bɔn na aporɔ ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti. Makoto na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ. Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu. Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie. Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo. Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum. Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho. Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa. Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ. Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so. Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.” Mereyɛ mahwe ase, na me yea da so wɔ me mu. Meka me mfomsoɔ kyerɛ; me bɔne hyɛ me so. Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso. Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa. Ao, Awurade nnya me. Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri! Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa. Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun. Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi. Nanso brɛ a meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo no mʼapinisie mu yɛɛ den. Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ: “Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so. Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ. Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea. “Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ? Mʼanidasoɔ wɔ wo mu. Gye me firi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ. Meyɛɛ komm, na mammue mʼano ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei. Yi wʼasotwe firi me so; wo nsa ano amanehunu amene me. Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ. “Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no. Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio ansa na mafiri ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Mede boasetɔ twɛnee Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; ɔde me nan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ. Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu. Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi. Ao Awurade me Onyankopɔn woayɛ anwanwadeɛ bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo. Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ. Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no. Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.” Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; meremmua mʼano, Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no. Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase. Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa. Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na mʼakoma aboto wɔ me mu. Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho. Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, “Momma Awurade so!” Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwene me ho. Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no. Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu. Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra. Ɔbɛhyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ. Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so na wagye no asi hɔ. Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ; sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.” Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ: “Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?” Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro. Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho; wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ: “Yare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.” Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ, deɛ me ne no too nsa didiiɛ no, asɔre atia me. Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ; pagya me, na mentua wɔn so ka. Menim sɛ wʼani sɔ me, na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim. Me nokorɛdie mu, wokura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ. Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen ne Amen! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn. Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn? Me nisuo ayɛ mʼaduane awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: “Wo Onyankopɔn wɔ he?” Saa nneɛma yi na mekae ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm; sɛdeɛ na medi asafokuo anim, na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie wɔ afahyɛ da. Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu enti mɛkae wo firi Yordan asase so, Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so. Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?” Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?” Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam. Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti? Soma wo hann ne wo nokorɛ ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, faako a woteɛ hɔ. Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn. Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, wɔ tete mmerɛ no mu. Wode wo nsa pamoo amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ; wodwerɛɛ nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yie. Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn. Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob. Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ; wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ. Meremfa me ho nto mʼagyan so mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me; na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so. Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase. Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa na yɛbɛkamfo wo din no daa daa. Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio. Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ. Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu. Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo, na woannya mfasoɔ biara amfiri mu. Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ, animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so. Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa, na aniwuo akata mʼanim ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti. Yeinom nyinaa too yɛn deɛ, nanso yɛn werɛ mfirii wo, na yɛmmuu wʼapam no nso so. Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho; na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so. Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo na wode esum kabii kataa yɛn so. Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a anka Onyankopɔn bɛhunu, ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm. Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn. Nyane, Ao Awurade ! Adɛn enti na wada? Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ. Adɛn enti na wode wʼanim ahinta na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ? Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ. Sɔre bɛboa yɛn; wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn. Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; na ma amanaman nhwe wo nan ase. Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma. Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye. Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara. Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro, sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro. Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ. Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane. Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so. Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ. Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so. Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase. Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ. Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no. Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so. Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; na wɔma no so yɛ no kɛseɛ. Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so. Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ, ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ. Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn. Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban. Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no, wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie, na wɔde ehu dwaneeɛ. Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn. Sɛdeɛ yɛate no, saa ara na yɛahunu wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu, yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ. Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn, na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho, Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano te sɛ wo din; tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma. Sion bepɔ di ahurisie, Yuda nkuraase no ani gye ɛsiane wʼatemmuo no enti. Nante Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodoɔ, dwene nʼafasuo ho yie, hwɛ nʼabankɛsewa no, na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma. Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Nnipa nyinaa, montie; monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa, deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu. Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia, wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho? Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn. Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, sika biara rentumi ntɔ, sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhunu porɔeɛ. Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ. Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi. Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara. Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ. Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo; ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu. Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie, nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no. Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ aboa a ɔwuo. Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa, na ɔfrɛ asase nyinaa ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ. Onyankopɔn hran firi Sion kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ. Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia. Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn; Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.” Ɔsoro pae mu ka ne tenenee, na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ. “Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa, mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel; Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no. Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho. Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me, ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea, anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara. Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so, na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea. Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea. Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya anaa? Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn, na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, na momfrɛ me da hiada; na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.” Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano? Mokyiri me nkyerɛkyerɛ na moto me nsɛm gu mo akyi. Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ. Mode mo ano yɛ bɔne na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano. Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara na mosopa mo ankasa maame ba. Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mosusu sɛ mete sɛ mo. Nanso mɛka mo anim na mede mo soboɔ asi mo anim. “Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn, anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo; Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na ɔsiesie ɛkwan sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato. Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu! Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa. Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu. Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me. Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ. Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma. Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka; na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie. Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumuyɛ nyinaa. Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ. Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu. Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me. Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn. Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom. Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie. Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho. Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. Ao Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma. Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; na to Yerusalem afasuo. Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so? Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara. Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ. Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ! Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so. Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ, “Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!” Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa. Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto. Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa. Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ. Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa. Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so. Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me. Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm. Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ. Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so, tie me na gye me so. Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa, wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; wɔde amanehunu brɛ me; na wɔde abufuo sopa me. Mʼakoma wɔ ahoyera mu; na owuo huboa aba me so. Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me. Ahodwirie abu afa me so. Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a, anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me, anka mɛtu akɔ akyirikyiri akɔtena ɛserɛ so; anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ, baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.” Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu. Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho; adwemmɔne ne nsisie wɔ mu. Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa. Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a, anka mɛtumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a, anka mɛtumi de me ho ahinta no. Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me, me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ, a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no. Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim; ma wɔnkɔ damena mu anikann, ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu. Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa. Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne. Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, mpo bebree na wɔko tia me. Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn, ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da na wɔnsuro Onyankopɔn nso. Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so; na ɔbu nʼapam so. Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ, nanso ɔtan wɔ nʼakomam. Nʼano asɛm dwodwo sene ngo, nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe. Fa wo haw to Awurade so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase. Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ renni wɔn nkwanna mu fa. Me deɛ, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.” Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu. Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso. Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so. Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me? Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me. Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me. Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu. Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa? Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa. Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me? Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo. Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.” Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam. Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ. Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ. Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema. Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu. Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem. Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa? Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ. Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso, a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho. Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu! Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia. Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ. Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu. Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho. Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam. Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade. Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu! Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ. Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman, na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, wɔfe akofena firi wɔn anomu na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”? Nanso, wo Awurade, wosere wɔn; wodi saa aman no nyinaa ho fɛw. Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Onyankopɔn bɛdi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa. Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, na brɛ wɔn ase. Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, ne wɔn ano nsɛm enti ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti, sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so. Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. Wɔkyinkyini pɛ aduane na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom. Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu. Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.” Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio! Woawoso asase no na woapae mu; toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim. Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan. Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so sɛ wɔntu ntia kuntun no. Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bɔnhwa no. Gilead wɔ me, Manase wɔ me; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, ɛna Yuda yɛ mʼahempoma. Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.” Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom? Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no? Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee. Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ. Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me. To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ. Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban. Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun. Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn. Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da. Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so. Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome. Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ. Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim. Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea. Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea. Nnipa nyinaa te sɛ home; akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee; sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo. Mommfa mo ho nto nsisie so na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho; ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ, nanso mommfa mo akoma nto so. Asɛm baako na Onyankopɔn aka, nsɛm mmienu na mateɛ sɛ, wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden, na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ. Ampa ara, wobɛtua obiara ka sɛdeɛ nʼadwuma teɛ. Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie. Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam. Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam. Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa. Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ. Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho. Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom. Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu. Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn. Wɔbɛdane wɔn ama akofena na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman. Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho. Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho. Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo. Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro. Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?” Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire. Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so. Adasamma nyinaa bɛsuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusu deɛ wayɛ ho. Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so. Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba. Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn. Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no. Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso. Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ de daa wʼahoɔden adi. Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, asorɔkye no a ɛbobɔ ne amanaman no hooyɛ. Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ. Wohwɛ asase no gugu so nsuo; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. Sɛdeɛ woayɛ no nie. Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ. Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so. Ɛserɛ so wira dɔɔso na anigyeɛ baa nkokoɔ so. Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma na ayuo akata mmɔnhwa no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn! Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ! Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa wo tumi so na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim. Asase nyinaa koto wo; wɔto ayɛyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.” Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ; anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu. Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ. Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri. Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ. Wode yɛn kɔguu nneduadan mu na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsuo mu, nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so. Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so, ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no. Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo nnwennini ayɛyɛdeɛ; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ. Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo. Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ. Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a, anka Awurade antie me. Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me, wate me mpaeɛbɔ. Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaeɛbɔ na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu. Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo. Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ. Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn. Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete; wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim. Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no, saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim. Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie. To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim. Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ. Ɔma onnibie tena mmusua mu, na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho; na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so. Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim, ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no, asase wosoeɛ, na ɔsoro tuee osuo guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no, Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim. Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn, guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm. Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so. Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ. Awurade kaa asɛm no, na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ; “Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so; na mmaa kyɛ afodeɛ no. Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, wɔnya afodeɛ no bi. Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.” Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so. Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka. Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ? Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea. Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, wode nnommumfoɔ kaa wo ho; wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, firii atuatefoɔ hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn. Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no. Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu. Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no. Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba, na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so, na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho. Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu. Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan, Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so, na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no. Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo. Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim, ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no. Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn. Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma Awurade, monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no. Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, na ne tumi wɔ soro soro no. Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. Ayɛyie nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.” Ao Onyankopɔn, gye me nkwa na nsuo no abɛdeda me kɔn mu. Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu, wɔ baabi a me nan nnya siberɛ. Maduru subunu mu na nsuo abu afa me so. Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa. Me mene mu awe. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Onyankopɔn. Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso sene me tiri so nwi; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennane deɛ menwiaaɛ no mma. Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ; mʼafɔdie nhintaa wo. Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no anim ngu ase ɛsiane me enti, Ao Awurade, Asafo Awurade; mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim ngu ase me enti, Ao Israel Onyankopɔn. Wo enti wobu me animtiaa, na aniwuo akata mʼanim. Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu, mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu, na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so. Sɛ metwa adwo na medi mmuada a wɔbɔ me ahohora; sɛ mefira ayitoma a nnipa de me yɛ aseredeɛ. Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me, na akɔwensafoɔ de me din to dwom. Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade, wɔ wʼadom berɛ mu; wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn, fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so. Yi me firi atɛkyɛ no mu, mma memmem wɔ mu; gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, ne nsu bunu mu. Mma nsuo nnyiri mfa me anaa ebunu mmene me anaa amena nkata me so. Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me. Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu. Twi bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti. Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa. Kasatia ahyɛ mʼakoma so ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi. Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono. Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie; ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn. Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ. Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so; na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so. Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo; mma obiara ntena wɔn ntomadan mu. Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no, wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm. Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa. Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu, mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho. Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban. Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no animuonyam. Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie, asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte. Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye, mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa. Awurade tie wɔn a adeɛ ahia wɔn, na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa. Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio. Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea; Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me. Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti. Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!” Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase. Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta; mma mʼanim ngu ase da. Wo tenenee no enti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa. Yɛ me nkwagyeɛ botan faako a mɛtumi akɔ daa; hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa, na wo ne me botan ne mʼaban. Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam, gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam. Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu. Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa. Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden. Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa. Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa; mʼahoɔden sa me mu a, nnya me. Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so. Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu; momma yɛnti no na yɛnkyere no, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.” Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri; Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me. Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu; wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me no ma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so. Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa; mɛkɔ so makamfo wo. Mɛka wo tenenee ho asɛm, ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa, nanso mennim ano. Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ. Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ. Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo? Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea; nanso wobɛma me nkwa bio; na wobɛyi me bio afiri asase ase. Wobɛhyɛ me animuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio. Mede sankuo bɛkamfo wo Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so Ao Israel Kronkronni. Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ, me a woagye me no. Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma da mu nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no kɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu. Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, na fa wo tenenee ma ɔhene babarima. Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee. Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no, nkokoɔ no de tenenee bɛba. Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ. Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so, te sɛ obosuo a ɛgugu asase so. Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so; yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio. Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano. Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim na nʼatamfoɔ adi mfuturo. Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de apeatoɔ bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no. Ahemfo nyinaa bɛkoto no amanaman nyinaa bɛsom no. Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no, ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ. Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ na wagye ahiafoɔ nkwa. Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa. Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ. Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira. Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ. Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma. Amen! Amen! Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie. Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ. Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinasoɔ, ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no. Wɔnhunuu ahokyere da; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden. Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so; ɔdasani haw biara nna wɔn so. Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, na wɔde akakabensɛm afira. Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka. Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu. Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa. Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsuo bebree nom. Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?” Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ. Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu; me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa. Ɛda mu nyinaa mehunu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso. Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a, anka medii wo mma no hwammɔ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase. Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro. Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa. Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no, ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ, Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a, wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ. Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu na me sunsum dii yea no, meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim. Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara; na wode wo nsa nifa asɔ me mu. Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu. Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ, nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa. Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa. Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn. Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea; mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ. Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan? Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ. Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no. Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ. Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ. Wɔde wɔn mmonnua ne nname bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no. Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee; wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi. Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so. Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; adiyifoɔ no nyinaa asa, na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie. Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa? Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn. Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete; wode nkwagyeɛ ba asase so. Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no; wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti. Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane. Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ; na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ. Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea; wode owia ne ɔsrane sisii hɔ. Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa; wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ. Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ, sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi. Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ. Ma wʼapam no ho nhia wo, ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma. Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din. Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa. Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so, wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ. Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee. Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so. Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’ ” Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so. Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo. Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn. Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel. Ne ntomadan si Salem, ne tenaberɛ wɔ Sion. Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu. Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no. Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufoɔ nna; na akofoɔ no mu baako mpo ntumi mpagya ne nsa. Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim? Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn, ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so. Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no. Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; na asase so ahemfo suro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun. Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me. Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ. Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie; medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti. Woamma mʼani ankum; amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa. Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfeɛ no ho; mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ: “Enti, Awurade bɛpo yɛn daa? Ɔrenhunu yɛn mmɔbɔ bio anaa? Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa? Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa anaa? Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa? Abufuo enti ne yam nhyehye no bio anaa?” Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni, deɛ ɛhyɛ me kra so ne sɛ, wommfa wo tete nsa nifa no mmoa yɛn bio.” Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ; aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no. Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho. Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn? Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu. Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ, Yakob ne Yosef asefoɔ no. Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo, nsuo no hunuu wo na wɔpopoeɛ; ebunu no mpo ho wosoeɛ. Omununkum tɔɔ nsuo, aprannaa gyegyee wɔ soro; na wo bɛmma twaa ogya dii akɔneaba. Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu, wʼanyinam hyerɛn ewiase; asase popoeɛ na ɛwosoeɛ. Wode wo kwan faa ɛpo mu, wode faa nsuo kɛseɛ mu, nanso wɔanhunu wʼanammɔn. Wonam Mose ne Aaron so dii wo nkurɔfoɔ anim sɛ nnwankuo. Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm. Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no, nneɛma a yɛate na yɛahunu; nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn. Yɛremfa nkame wɔn mma; yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no, ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no. Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma. Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ, na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so. Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom, a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no. Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ; Wɔanni Onyankopɔn apam no so wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo. Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa. Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so, na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo; Ɔmaa asutire firii abotan mu na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene. Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so. Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ; wɔbisaa aduane a wɔpɛ. Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ, “Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa? Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ, na nsuwa bebree tenee hɔ. Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso? Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?” Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie; ne ogya bɛguu Yakob so, na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel, ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ. Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so; na ɔbuee ɔsorosoro apono. Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni, ɔmaa wɔn ɔsoro aduane. Nnipa dii abɔfoɔ aduane; ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa. Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro, na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa. Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea. Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ, ne wɔn ntomadan ho nyinaa. Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ. Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho, ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no, Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ. Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni. Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu. Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn. Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ. Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no; wɔn akoma anni no nokorɛ, na wɔanni nʼapam no so. Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ; ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa. Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi. Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so? Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara; na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo. Wɔn werɛ firii ne tumi no, ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no, ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no. Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya; wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo. Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase. Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ. Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua. Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa. Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, abufuo, anibereɛ ne ahohia; abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no. Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo; na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm. Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa, Ham ntomadan mu nnipa mu abakan. Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo; ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so. Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so. Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so, bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no. Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu. Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; na wɔanni ne mmara so. Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie, ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe. Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den. Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ; na ɔpoo Israel korakora. Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no. Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu, nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam. Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie. Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn, na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto; Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, na wɔn akunafoɔ antumi ansu. Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ. Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, na wamfa Efraim abusuakuo no nso; Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no, Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no. Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a ɛtim hɔ daa. Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid; ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob, mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ. Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim. Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ. Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane ama ewiem nnomaa, na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa. Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no. Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa? Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn? Hwie wʼabofuo gu amanaman a wɔnni woɔ no so, ahennie a wɔmmɔ wo din no; ɛfiri sɛ wɔakum Yakob na wɔasɛe nʼatenaeɛ. Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu. Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no animuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din enti. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ. Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson. Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no, bɛyi wo ayɛ daa nyinaa; ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyane wo tumi; bra bɛgye yɛn nkwa. Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no? Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ. Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, na yɛn atamfoɔ sere yɛn. Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Wode bobe firi Misraim baeɛ; wopamoo amanaman no na woduaaɛ. Wosiesiee asase no baabi maa no, ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so. Ne nwunu kataa mmepɔ no so ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so. Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so, na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho. Adɛn enti na woabubu nʼafasuo ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no? Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane. Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! Hwɛ saa bobe yi so, ntini a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatete no ama wo ho no. Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre. Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatete no ama wo ho no. Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn; kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din. Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so. Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no! Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no. Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no; Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ, Yakob Onyankopɔn mmara. Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no, faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no. Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so, ne mo nsa firii adwumaden ho. Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, megyee mo so wɔ aprannaa mu; me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho. “Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, Ao Israel, sɛ mobɛtie me a! Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame. Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so no. Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma. “Nanso me nkurɔfoɔ rentie me; Israel remmrɛ ne ho ase mma me. Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara. “Sɛ me nkurɔfoɔ tie me, na Israel nante mʼakwan so a, anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn! Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no, na wɔn asotwe to rentwa da. Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi; mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.” Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu. “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn? Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban. Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam. “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso. “Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.” Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea. Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho. Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so. Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no. Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.” Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ; na wɔpam tia wo, Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ, Moabfoɔ ne Hagarfoɔ, Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ, Filistifoɔ ne Tirofoɔ. Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena. Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no, wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor na wɔdanee nwira no. Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna, a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no.” Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ, na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no, saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn. Ma animguaseɛ nka wɔn, na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade. Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu; ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu. Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so. Ao Asafo Awurade, wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa. Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo. Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so. Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion. Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me. Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no. Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu. Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ. Ao Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ; wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no. Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so. Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho. Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho. Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa? Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa? Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagyeɛ no. Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka. Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho. Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so. Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano. Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro. Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ. Tenenee di nʼanim siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo. Ao Awurade, tie me na gye me so, ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so. Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa. Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba. Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa. Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ; tie me mmɔborɔ su. Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wobɛgye me so. Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ. Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn. Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din. Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso. Dane wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa. Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa. Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn: “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ” Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.” Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.” Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so. Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ. Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo. Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu. Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao Awurade mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo. Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa? Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom? Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so? Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me; me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu Ao Awurade, adɛn nti na wopo me na wode wʼanim hinta me? Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba. Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, na wɔabu afa me so koraa. Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ. Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa, na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa. Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid. ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ” Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ, na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu. Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu? Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa. Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia. Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so; nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase. Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako; wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ. Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ. Wobɔɔ atifi ne anafoɔ. Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din. Tumi ayɛ wo basa ma; wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so. Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim. Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade. Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu. Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ. Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ, na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene. Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu, kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ, “Madom ɔkofoni bi ahoɔden; mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu. Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; mede me ngo kronkron no asra no. Me nsa bɛwowa no; ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den. Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ; omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so. Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam. Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho, na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so. Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so, na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so. Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya, me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’ Mɛyɛ no mʼabakan, asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ. Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa, na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa. Mɛma nʼase atim afebɔɔ, nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam. “Sɛ ne mmammarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so, sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a, ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso; Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no na mɛkɔ so adi no nokorɛ. Meremmu mʼapam no so na merensesa deɛ mede mʼano aka no. Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atorɔ da. Meremma nʼase ntɔre da na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia; ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.” Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no. Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu. Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ. Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa; na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ. Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurisie. Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa, na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu. Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ na woato nʼahennwa atwene fam. Woatwa ne mmeranteberɛ nna so na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so. Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa? Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn? Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so. Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so! Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam? Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ, deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no? Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ. Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw, de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw. Ayɛyie nka Awurade daa! Amen, Amen. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten. Woma adasamma sane dane mfuturo, ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.” Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsene seesei, anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi. Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu; wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa, ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam. Yɛresa wɔ wʼabofuo ano na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu. Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu. Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ. Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ. Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ. Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma. Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn? Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ. Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu, na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu. Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no. Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam. Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie. Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu. Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.” Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu. Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm. Worensuro anadwo mu ahunahuna, anaa bɛmma a ɛtu awia, anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ. Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa, nanso, wo deɛ, ɛrenka wo. Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe. Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a, ɔhaw biara remma wo so, na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan. Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu; wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ. Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so. Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din. Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam. Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagyeɛ.” Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni, na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛ anadwo, wɔ ahoma edu sankuo so ne sankuten nnwom mu. Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye; mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti. Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ, na wo nyansa mu dɔ! Ogyimifoɔ nnim na nkwaseafoɔ nte aseɛ, amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa. Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ. Ao Awurade ampa ara, wʼatamfoɔ bɛyera; na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa. Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ; woahwie ngohwam papa agu me so. Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi, mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono. Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua, wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro; deɛ wɔadua wɔ Awurade fie, wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ. Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono, de akyerɛ sɛ, “ Awurade yɛ ɔteneneeni; ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.” Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten. Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so. Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ. Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa. Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn. Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ, tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn. Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn, amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn? Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma. Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ; wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so. Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ; na wɔdi nwisiaa awu. Wɔka sɛ, “ Awurade nhunu, Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.” Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa? Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa? Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa? Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa? Awurade nim onipa nsusuiɛ; ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee. Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no; Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu, kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ. Awurade rempo ne nkurɔfoɔ; na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da. Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so. Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me? Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so. Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu. Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa? Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ. Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ. Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn. Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no. Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no. Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim! Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; yɛyɛ nʼadidibea nnipa, ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no, Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn. Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.” Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, “Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.” Monto dwom foforɔ mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade. Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa. Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro. Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ. Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “ Awurade di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn. Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo; momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom; wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu. Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho. Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem. Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo. Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim. Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam. Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no. Sion te, na ne ho sɛpɛ no na Yuda nkuraase ani gye Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti. Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu. Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam. Hann to gu teneneefoɔ so na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so. Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa, na monkamfo ne din kronkron no. Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no. Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie; Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim. Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom; ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn. Awurade di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso. Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu. Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron. Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ Yakob mu. Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; ɔyɛ kronkron. Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ɔgyee wɔn so. Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so. Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, wogyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel, nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo. Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie. Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ. Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ. Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so. Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me. Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara rentena me fie; deɛ ɔtwa nkontompo no rennyina mʼanim. Adekyeeɛ biara, mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara afiri Awurade kuropɔn mu. Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim. Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm. Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; me nnompe hyehye te sɛ egya. Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; na me kɔn nnɔ aduane. Mʼapinisie denden enti maka honam ne nnompe. Mete sɛ ɛserɛ so patuo, te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu. Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi. Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia. Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome. Mede nsõ ayɛ mʼaduane na mede nisuo fra me nsuo mu ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti, woama me so, ayi me asi nkyɛn. Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum; na mekusa sɛ ɛserɛ. Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ; berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ; ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso. Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ; ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ. Amanaman no bɛsuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni. Awurade bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanimuonyam mu. Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so. Montwerɛ yei mma nkyirimma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade; “ Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; ɔfiri soro hwɛɛ asase, sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.” Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem, ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ bɛhyiam na wɔasom Awurade. Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini. Ɔtwaa me nkwa nna so. Enti mekaa sɛ, “Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da. Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.” Ao me kra, kamfo Awurade; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no. Ao me kra, kamfo Awurade, na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa, ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ na ɔsa wo nyarewa nyinaa, ɔgye wo nkwa firi damena mu na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire, ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ. Awurade yɛ adetenenee na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee. Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ. Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade, ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ, na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa; Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ. Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so. Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware. Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no, na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo. Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren; sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, na ne sibea nnim no bio. Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so, wɔn a wɔdi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so. Awurade asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ, mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ, mo a motie nʼasɛm. Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ. Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa. Ao me ɔkra, kamfo Awurade ! Ao me ɔkra, kamfo Awurade ! Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! Wɔafira tumi ne animuonyam. Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan, na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nante mframa ntaban so. Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ. Ɔde asase asi ne fapem so na ɛrenhinhim da. Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ na nsuo gyinaa mmepɔ no so. Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ, wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ; Wɔtenetenee faa mmepɔ so, kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn, kɔguu baabi a wode ama wɔn no. Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra; na wɔammɛkata asase so bio. Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu; ɛtene fa mmepɔ ntam. Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom; ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm. Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho; na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so. Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so; Awurade nnwuma so aba mee asase. Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie, na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua na ɛmma aduane mfiri asase mu: na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam, na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so, na aduane nso akura onipa akoma. Wɔgugu Awurade nnua no so yie, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no. Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu. Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea; na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua. Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu, na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ. Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ. Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ. Owia pue ma wɔsane wɔn akyi; wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu. Afei, onipa kɔ nʼadwuma so kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ. Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma. Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi, a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano, akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma. Ɛso na ahyɛn di akɔneaba, na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ. Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. Wodema wɔn a, wɔtase; wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn. Wode wʼanim hinta wɔn a, wɔbɔ hu; sɛ wogye wɔn ahomeɛ a, wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu. Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a na wɔabɔ wɔn, na woyɛ asase ani foforɔ. Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa; ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho, deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba. Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn. Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi. Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so; na amumuyɛfoɔ ase nhye. Ao me ɔkra, kamfo Awurade. Kamfo Awurade. Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ. Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. Monkae anwanwadeɛ a wayɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ, Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, Ao Yakob mma a wapa wɔn. Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn. Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa. Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no, apam a ɔne Abraham yɛeɛ no ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no. Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.” Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. Wɔfirii aman so kɔɔ aman so; firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. Wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ: “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.” Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa; na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. Wɔde mpokyerɛ guu ne nan, na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn, kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no; aman no sodifoɔ gyaa no. Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura, deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. Afei, Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ; ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ, wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so. Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose, ne Aaron a na wayi noɔ no. Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu, nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so. Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua. Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya, nam so kumm emu mpataa. Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu. Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree ne ntontom baa ɔman no mu baabiara. Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu; Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa. Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn; wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, na wɔdii wɔn mfuo so nnuane. Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa. Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima. Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so. Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so, na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko. Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn. Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ; na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten. Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no. Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ. Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie; ɔde amanaman no nsase maa wɔn, na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ adi ne mmara so. Monyi Awurade ayɛ. Monkamfo Awurade ! Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie? Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ. Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi. Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so. Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam; deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ. Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so; na ɔbaako mpo annya nkwa. Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ na wɔtoo nʼayɛyie dwom. Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatuo. Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so. Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose ne Aaron a Awurade ate ne ho no. Asase mu buee na ɛmenee Datan na ɛsiee Abiram asafo no. Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu; ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no. Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ. Wɔsesaa wɔn Animuonyam. Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ. Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no, nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no. Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn. Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ anni. Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade. Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so, ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so. Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa; wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo na ɔyaredɔm sii wɔn mu. Na Pinehas sɔre dii agyinamu, na Awurade sii ɔyaredɔm no ano. Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu. Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuo, na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so, ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua, na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu. Wɔansɛe nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi. Wɔsomm wɔn ahoni na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn. Wɔde wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom. Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ; wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi. Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman. Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tee atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu. Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no; Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ. Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔborɔ maa wɔn. Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo Awurade. Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no, wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ. Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so, a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ. Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn na wɔtotɔɔ baha. Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu. Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma. Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu, nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa. Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den; wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ. Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono na ɔtwitwa nnadeban mu. Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti. Wɔkyirii aduane nyinaa na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano. Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ; na ɔgyee wɔn firii ɛda mu. Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm. Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so; wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so. Wɔhunuu Awurade nnwuma, nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu. Ɔkasaeɛ maa ahum tui na ɛkukuruu asorɔkye. Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui. Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ. Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. Wɔmma ne so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase. Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ, asutene yɛɛ asase wesee, na asasebereɛ danee nkyenenkyene, wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti. Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu; Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree. Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan. Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase; deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so. Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo. Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye, nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano. Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom, na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho. Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam; mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom. Monyane, sankuo ne bɛnta! Mɛnyane anɔpahema. Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu. Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro; wo nokorɛdie duru ewiem. Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so. Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusu Sukot Bɔnhwa. Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ mʼahempoma. Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; Filistia so na mebɔ ose.” Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom? Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn? Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa? Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee. Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ, mmua wʼano, na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ atu wɔn ano agu me so; wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me. Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn. Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka, nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ. Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka. Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so. Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ, na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ. Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ. Ma ne mma nyɛ nwisiaa na ne yere nyɛ okunafoɔ. Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ; ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu. Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa; na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba. Mma obiara nhunu no mmɔbɔ Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ. Ma nʼase nhye, na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu. Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne maame bɔne no ntena hɔ daa. Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so. Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na mmom ɔtaa ahiafoɔ mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu. Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra ne so; wampɛ sɛ ɔbɛhyira enti nhyira mmɔ no. Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ; ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo. Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho, ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa. Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no. Nanso, wo Ao Asafo Awurade, wo din enti, wo ne me nni no yie; firi wʼadɔeɛ mu gye me. Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie, na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu. Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma; wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ. Abuadadie ama me kotodwe mu agogo; mafɔn na ama aka me nnompe. Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ; sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti. Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn; gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Ao Awurade. Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira; sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase, nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye. Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho; na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ. Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu. Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam. Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.” Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu. Monkamfo Awurade ! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa. Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa. Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. Ɛtim hɔ daa daa, nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no. Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa. Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa. Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu. Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa. Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din. Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa. Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din. Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro. Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro, ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase. Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so; ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu. Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade. Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi; Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim, ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no. Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn na wo din na animuonyam nka, wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti. Adɛn enti na aman no bisa sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ. Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ. Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa. Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante. Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu. Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn: Ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade, nkumaa ne akɛseɛ nyinaa. Awurade mma wʼase nnɔre, wo ne wo mma. Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no. Ɔsorosoro yɛ Awurade dea, nanso asase deɛ, ɔde ama onipa. Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade, wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade. Yɛn na yɛma Awurade so ɛnnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade. Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔhunu su. Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi. Owuo nhoma kyekyeree me, ɛda ho ahometeɛ baa me so, ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ, “Ao Awurade, gye me nkwa!” Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. Nya abotɔyam bio, Ao me kra, ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie. Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; woamma mʼani amporo nisuo, na woamma me nan ansunti, sɛ mɛnante Awurade anim wɔ ateasefoɔ asase so. Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, “Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.” Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, “Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.” Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa? Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so na mabɔ Awurade din. Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim. Nʼahotefoɔ wuo yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so. Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu. Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo na mabɔ Awurade din. Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim, wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. Monkamfo Awurade. Aman nyinaa, monkamfo Awurade; mo nnipa nyinaa, momma ne din so. Nʼadɔeɛ so wɔ yɛn so, na Awurade nokorɛ wɔ hɔ daa. Monkamfo Awurade. Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Momma Israel nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” Momma Aaron fie nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho. Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me? Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ. Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ. Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ. Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so. Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ, nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ. Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ. Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ. Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me. Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ. Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “ Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ! Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!” Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ. Awurade atwe mʼaso denden, nanso ɔnnyaa me mmaa owuo. Bue tenenee apono ma me; na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade. Awurade ɛpono nie; ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu. Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; na woayɛ me nkwagyeɛ. Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, abɛyɛ tweatiboɔ. Awurade na ayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so. Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie. Ao Awurade, gye yɛn nkwa; Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ. Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Yɛhyira wo firi Awurade fie. Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho. Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so. Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ. Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no. Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara; na wɔnam nʼakwan so. Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ. Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ. Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase. Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no. Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so; na nnya me korakora. Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so. Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho. Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo. Ao Awurade, nkamfo wɔ wo; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Mede mʼano ka mmara a ɛfiri wʼanomu nyinaa. Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no. Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu. Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase. Yɛ wo ɔsomfoɔ yie; na matena ase adi wʼasɛm so. Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a ɛwɔ wo mmara no mu. Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhinta me. Me kra tɔ baha ɛberɛ biara wɔ wo mmara ho anigyina enti. Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no. Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so. Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ na ɛyɛ me fotufoɔ. Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mesesee mʼakwan na wogyee me so; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho. Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ. Yi me firi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me. Mafa nokorɛ kwan no so; mede mʼakoma adi wo mmara akyi. Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden mma mʼanim ngu ase. Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam. Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, na mɛdi so akɔsi awieeɛ. Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so. Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na ɛhɔ na menya anigyeɛ. Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho. Yi mʼani firi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so, na wasuro wo. Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ, ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa. Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu. Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no, ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ. Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom, ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu. Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara akɔsi daa apem. Mede ahofadie bɛnante ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim na mʼanim rengu ase, ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho na medɔ no. Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no, na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ. Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. Ahantanfoɔ bu me animtia bebree, nanso mennane mfiri wo mmara ho. Ao Awurade mekae wo tete mmara no, na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu. Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ a wɔapo wo mmara enti. Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ. Ao Awurade, anadwo mekae wo din, na mɛdi wo mmara so. Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, medi wo nkyerɛkyerɛ so. Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so. Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. Madwene mʼakwan ho na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ. Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ. Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me nanso me werɛ remfiri wo mmara. Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo wo mmara a ɛtene enti. Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa. Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade. Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa, ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di. Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan, na seesei deɛ, medi wʼasɛm so. Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho, nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema, nanso mʼani gye wo mmara ho. Ɛyɛ sɛ mehunuu amane sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm. Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem. Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me; ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm. Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye, ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene, na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso. Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ. Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa, ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho. Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me, nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho. Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no. Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase. Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?” Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm. Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, a ɛne wo mmara bɔ abira. Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa. Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so, nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so. Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa; ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ. Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ, na nneɛma nyinaa som wo. Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me. Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ. Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa. Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ, ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho. Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ, ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so. Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm. Memmane memfirii wo mmara ho, ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom. Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea ne mʼakwan so hann. Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ mɛdi wo tenenee mmara no so. Mahunu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara. Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, nanso me werɛ remfiri wo mmara. Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho. Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye. Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so akɔsi awieeɛ. Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara. Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben; enti medɔ wʼahyɛdeɛ. Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu. Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ! Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie; mma ahantanfoɔ nhyɛ me so. Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no. Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu na mate wʼahyɛdeɛ ase. Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so. Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa, na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa; enti medi so. Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ. Mebue mʼanom na megu ahome, na mʼani gyina wo mmaransɛm. Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mma bɔne biara nni me so. Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so. Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Nisuo adware me sɛ asutene ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ. Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene; ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara. Abufuo ahyɛ me ma, ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no. Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara, na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn. Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ, nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ. Wo tenenee wɔ hɔ daa na wo mmara no yɛ nokorɛ. Ɔhaw ne ahohiahia aduru me, nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ. Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa; ma me nteaseɛ na manya nkwa. Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so. Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa na medi wʼahyɛdeɛ so. Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. Mʼani gu so anadwo nyinaa, na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho. Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ. Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware. Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no. Di mʼasɛm ma me na gye me. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ; kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ. Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso, nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho. Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu, ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so. Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; na wo mmara a ɛtene no to rentwa da. Sodifoɔ taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro. Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ. Mekyiri nkontompo na medɔ wo mmara. Mekamfo wo mprɛnson da biara wo mmara a ɛtene no enti. Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso, na biribiara rentumi mma wɔnsunti. Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ, na medi wo mmaransɛm so. Medi wʼahyɛdeɛ so na medɔ no yie. Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so, na wonim mʼakwan nyinaa. Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim; ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim; na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene. Yɛ ahoboa bɛboa me, ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu. Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ. Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowa me. Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera. Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no. Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so. Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso. Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu! Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba? Me mmoa firi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko. Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna. Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so; Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, na ɔsrane nso renha wo anadwo. Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so; Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, seesei ne daa. Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ. Yɛgyinagyina wʼapono ano, Ao Yerusalem. Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, Awurade mmusuakuo no. Wɔkɔkamfo Awurade din sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ. Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no. Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ. Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.” Me nuanom ne me nnamfonom enti, meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.” Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti, mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro. Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ. Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree. Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann; anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ. Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane. Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa. Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia seesei ne daa. Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a wɔde ama teneneefoɔ so. Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ nam wɔn so bɛyɛ bɔne. Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa. Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. Asomdwoeɛ nka Israel. Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “ Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa. Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi. Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa. Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda. Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ. Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. Nhyira ne onipa a nʼagyan kotokuo ayɛ ma. Wɔn anim rengu ase ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano. Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so. Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia. Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no. Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ, na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, nanso wɔntumi nnii me so nkonim. Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene. Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye; Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so. Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “ Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.” Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo. Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu. Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa. Ao Awurade kae Dawid ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no. Ɔkaa Awurade ntam na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ, “Merenhyɛne me fie na merenkɔda me mpa so, meremma nna mfa me na meremma mʼani nkum, kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.” Yɛtee wɔ Efrata, yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so. “Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ. ‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi Adaka no. Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ; ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ ” Wo ɔsomfoɔ Dawid enti, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so. Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ, “Wʼasefoɔ no mu baako na mede no bɛtena wʼahennwa so. Sɛ wo mmammarima di mʼapam so na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a, ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena wʼahennwa so afebɔɔ.” Awurade ayi Sion, ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ: “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ, mede nneɛma pa bebree bɛhyira no na mama nʼahiafoɔ adidi amee. Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa. “Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no. Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ, nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.” Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom tena faako! Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no. Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa. Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no, mfiri Sion nhyira mo. Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade din; monkamfo no, mo Awurade asomfoɔ, mo a mosom wɔ Awurade fie, wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie. Monkamfo Awurade ɛfiri sɛ ɔyɛ; monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ. Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. Menim sɛ Awurade so; Ɔso sene anyame nyinaa. Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa. Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osutɔ ho na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu. Ɔkumm Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan. Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim, de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa. Ɔsɛee amanaman pii na ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ, Amorifoɔ ɔhene, Sihon Basan ɔhene, Og ne Kanaan ahemfo nyinaa, na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ; ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Ao Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Ao Awurade wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔ na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ. Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ. Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ; wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ahomeɛ nso nni wɔn anom. Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ; monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ; monkamfo Awurade, Ao Lewi fiefoɔ; monkamfo Awurade, mo a mosuro no. Momfiri Sion nkamfo Awurade, monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no. Monkamfo Awurade. Monna Awurade ase na ɔyɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna anyame mu Onyankopɔn ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna awuranom mu Awurade no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan, Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no, Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. na ɔkumm ahemfo akunini no. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon, Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. ne Basanhene, Og. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no. Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so? Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ. Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu. Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. Wɔteam sɛ, “Monnwiri, monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!” Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, nhyira nka deɛ ɔtua wo ka wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so. Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa de wɔn bobɔɔ abotan so. Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim. Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa. Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ. Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo. Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ. Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri. Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa. Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Awurade, woahwehwɛ me mu na woahunu me. Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu. Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; wonim mʼakwan nyinaa. Ansa na mɛbue mʼano akasa no Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada. Woatwa me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban. Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so, ɛyɛ me nwanwa dodo. Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ? Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie. Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a, mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ, na wo nsa nifa bɛsɔ me mu. Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,” esum mpo nnyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ. Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu. Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara. Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no, wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu. Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara. Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa. Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ. Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ. Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene. Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam, wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu na wɔhwanyane ɔko mu da biara. Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; ananka borɔ wɔ wɔn ano. Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu. Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so. Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su. Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da, nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie. Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn. Ma nnyasrama ngu wɔn so; ma wɔnto wɔn ngu ogya mu, ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio. Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ. Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee na ɔka onnibie asɛm ma no. Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim. Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so. Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam; ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ. Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano; na wɛn mʼano ɛpono. Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; mma me ne abɔnefoɔ nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ. Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo. Me tiri rempo. Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa. Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam; na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ. Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.” Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da; wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo. Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu, mfidie a abɔnefoɔ asunsum no. Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn, na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu. Meteam mesu frɛ Awurade; me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; meka me haw kyerɛ no. Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so. Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; mʼasɛm mfa obiara ho; menni dwanekɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho. Ao Awurade, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.” Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti. Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me nkotosrɛ; wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu bra bɛboa me. Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim. Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada. Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu. Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho. Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee. Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no. Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ. Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam, na wo mu na mede me ho hinta. Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, na wo ne me Onyankopɔn; ma wo honhom pa no nni me ɛkan wɔ asase tamaa so. Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so; wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu. Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ; na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan, deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie, na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie. Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban, mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ, me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu; ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi? Onipa te sɛ ahomeɛ; ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam; fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; to wo mmemma no ma wɔn nnwane. Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano. Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum a wɔasene de asiesie ahemfie. Yɛn asan bɛyɛ ma. Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi. Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem, ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so; yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru. Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu; yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so. Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade. Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa. Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ. Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm. Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho. Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ. Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom. Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Awurade yɛ ma obiara; na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa. Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so. Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no. Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu. Wobue wo nsam na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ. Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa. Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn. Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa. Monkamfo Awurade. Ao me ɔkra, kamfo Awurade ! Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi. Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adasamma a wɔrentumi nnye nkwa. Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa. Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu. Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no. Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ, Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ. Awurade pagya wɔn a wɔakom. Awurade dɔ teneneefoɔ. Awurade hwɛ ahɔhoɔ so na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ, na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani. Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade. Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no! Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano. Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ na ɔkyekyere wɔn akuro. Ɔnim nsoromma no dodoɔ na ɔde obiara din frɛ no. Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; yɛrente nʼase nwie. Awurade wowa ahobrɛasefoɔ na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam. Monto aseda nnwom mma Awurade. Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn. Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; ɔde osutɔ ma asase ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so. Ɔma anantwie aduane na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane. Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso. Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no, wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no. Momma Awurade so, Ao Yerusalem; kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion, ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu. Ɔma wʼahyeɛ so dwo na ɔde ayuo amapa ma wo. Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛm so. Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi, na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ. Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea. Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano? Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no; ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene. Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel. Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara; wɔnnim ne mmara. Monkamfo Awurade ! Monkamfo Awurade ! Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn. Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da. Monkamfo Awurade mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa, anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ, mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa, wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo, asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa, mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso. Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade. Monto dwom foforɔ mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. Ma wɔmfa asa nkamfo ne din na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ; ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam, sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so, sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire, sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho. Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no, momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no. Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade. Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie: Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ; ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase; sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa, a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm; sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene. Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo, anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase. Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ, na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa. Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ. Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban. Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a, mma wɔn ho ɛkwan. Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi, ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi; ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda, yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu; yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma; enti, fa wo ho bɛhyɛ mu, na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a, Me ba, wo ne wɔn nnante, mfa wo nan nsi wɔn akwan so; Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu. Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ! Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya; wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho! Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ; ɛma wɔhwere wɔn nkwa! Nyansa team wɔ mmɔntene so, ɔma ne nne so wɔ adwaberem, ɔteaam wɔ afasuo no atifi, ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ, “Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn? Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn? Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn? Sɛ motiee mʼaninka a, anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo maa mo hunuu me nsusuiɛ. Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu, sɛ mopoo mʼafotuo, na moampɛ mʼanimka enti, me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw, sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa, na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a, “Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo; mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me. Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade. Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo, na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti, wɔbɛdi wɔn akwan so aba na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn. Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn, na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn; Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.” Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a, sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wʼakoma ma nteaseɛ, na woma wo nne so frɛ nhunumu na wosu frɛ nteaseɛ, na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a, ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba. Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, ɔwɛn deɛ ɔtene akwan, na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban. Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase. Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra. Adwene bɛbɔ wo ho ban na nteaseɛ ahwɛ wo so. Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu, ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam, na wɔmane firi akwan pa so kɔnante esum akwan so, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho, wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu. Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam, afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho, deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no. Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn. Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so. Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi na woanante ateneneefoɔ akwan so. Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ; na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so, na wɔatɔre atorofoɔ ase. Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu, na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo. Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn fa yane wo kɔn mu twerɛ gu wʼakoma ɛpono so. Na wobɛnya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so; hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan. Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ suro Awurade na kyiri bɔne. Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua na ayɛ aduane ama wo nnompe. Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa; na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba, Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no. Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ, ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ, na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ. Ne boɔ yɛ dene sene bota; na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho. Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu. Nʼakwan yɛ ahomeka, na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ. Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu; wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira. Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem, na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ. Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu, na omununkum nso tɔɔ bosuo. Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie, na mma ɛmfiri wʼani so; ɛbɛyɛ nkwa ama wo, ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam. Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, na wo nan rensunti; sɛ woda a worensuro; sɛ woda a wʼani bɛkum. Nsuro mpofirim amanehunu anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so, Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu. Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no. Mpam ɔhaw mma wo yɔnko ɛberɛ a ɔne wo te yie. Mfa ɛso nto obi so kwa ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara. Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ, na mfa nʼakwan no mu biara, ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu. Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so, na ɔhyira ɔteneneeni fie. Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ na ɔdom ahobrɛasefoɔ. Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi, nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase. Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya nteaseɛ. Mema mo adenim a ɛkɔ anim, enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu. Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie, meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no, ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa. Nya nyansa, nya nteaseɛ; mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho. Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so. Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ. Di no nni na ɛbɛpagya wo; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam. Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.” Me ba, tie na fa deɛ meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree. Mɛkyerɛ wo nyansakwan na mede wo afa akwan a ɛtene so. Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ na sɛ wotu mmirika a, worensunti. Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa. Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so na nnante abɔnefoɔ kwan so. Kwati no, ntu kwan mfa so; dane firi so na kɔ wo baabi. Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne; na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase. Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane, na basabasayɛ yɛ wɔn nsa. Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan, ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee. Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii; wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti. Me ba, yɛ aso ma deɛ meka; tie me nsɛm no yie. Mma ɛmfiri wʼani so, fa sie wʼakoma mu; ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu ne akwahosan ma onipadua no nyinaa. Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban, ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire. Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so. Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan na fa akwan a atim so. Mmane mfa nifa anaa benkum; twe wo nan firi bɔne ho. Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhunumu nsɛm no yie, sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie, na wʼano akora nimdeɛ. Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ, na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo; nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu. Ne nan kɔ owuo mu; nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee. Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim. Enti, afei, me mma, montie me; Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho. Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so mommmɛn ne fie ɛpono ano, anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ, anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie. Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no. Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ! Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ! Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm. Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa wɔ asafo no nyinaa mu.” Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu, nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu. Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa? Ma ɛnyɛ wo nko ara dea, a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da. Nhyira nka wʼasubura na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho. Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ. Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo. Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom? Awurade hunu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu. Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee. Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti, na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti. Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi, sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a, ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti: fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw! Mma wʼani nkum na nntɔ nko. Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu. Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa! Ɔnni ɔsahene, ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi, nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ. Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn? Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn? Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra, ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo. Onipa teta ne ohuhuni a ɔde atorɔ kyini, deɛ ɔbu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ, deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne, na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara. Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro. Nneɛma nsia na Awurade mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ: ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo, akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne, Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu. Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu. Fa kyekyere wʼakoma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu. Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo. Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea; saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi yɛ nkwa kwan, ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho, firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho. Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo, ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo, na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu. Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a ɛnhye nʼatadeɛ anaa? Obi bɛtumi anante gyasramma so a mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa? Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da. Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti. Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson; sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn. Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho. Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na nʼahohora rempepa da. Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu. Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a. Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu. Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ. Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so. Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani; Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho. Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu. Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene. Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no. Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam. (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa; ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.) Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so. Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo! Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim. Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon. Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa; Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre. Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.” Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ. Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka. Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so. Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu. Tie: Nyansa refrɛ. Nteaseɛ ma ne nne so. Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina, apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho, ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ, “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ; meteam frɛ adasamma nyinaa. Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte; mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ. Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ. Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm. Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ; ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm. Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ. Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa. Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota, na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho. “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me. Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne; mekyiri ahantan ne ahomasoɔ, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi. Me so na ahemfo nam di adeɛ na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ; Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene. Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me. Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn, ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara. Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa; deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so. Tenenee akwan so na menam atɛntenenee akwan so, mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma. “ Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan dii ne tete nneyɛɛ anim; ɔyii me sii hɔ firi tete, ansa na ewiase rehyɛ aseɛ. Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no; ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ, wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba, ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ. Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no, ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ, ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no, na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn. Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara, na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adasamma mu. “Enti me mma, montie me; nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so. Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa; mommu mo ani nngu so. Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ. Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn. Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.” Nyansa asi ne fie; watwa nʼafadum nson ho. Wasiesie nʼaduane afra ne nsã wato ne ɛpono. Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ, “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ, “Mommra mmɛdi mʼaduane na monnom nsã a mafra no. Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa; monnante nteaseɛ akwan so.” Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ; na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea. Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo. Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho. Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ. Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho. Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ; sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane. Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ; ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ. Ɔte ne fie ɛpono ano, na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea, na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ, “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ, “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!” Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn. Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ. Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu. Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu. Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba. Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni. Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma. Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ. Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase. Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo, na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi. Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase. Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire, na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma. Ɔtan hwanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so. Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom, na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi. Anyansafoɔ kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ. Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ. Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn, na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn. Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan, na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan. Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ, na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea. Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu, na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ. Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ. Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane, na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu. Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho. Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea, nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu. Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so; na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn. Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera, nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ. Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ. Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so. Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee. Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne. Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da, nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so. Nyansa firi teneneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene. Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara. Awurade kyiri asisie nsania, na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho. Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba. Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan; nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn. Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no, nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu. Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn, nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase. Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ. Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera; deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa. Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom. Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu. Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie; nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose. Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no. Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka. Osekuni da kɔkoamsɛm adi, nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so. Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba. Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane, na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no. Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara. Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho, na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so. Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu. Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa, nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu. Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho. Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu. Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu. Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ. Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree; obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no. Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho; na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee. Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie, na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so. Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ, na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so. Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono. Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ. Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ. Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ! Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ, na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ. Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu onifirani fɔ. Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase. Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu. Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ, na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa. Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu. Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera, nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn. Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ, sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane. Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ, na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden. Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree, na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene. Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ, nanso ɔteneneeni ase dɔre. Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie, nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu. Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no. Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo. Ɔkwasea bo nkyɛre fu, nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so. Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo, na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo. Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ. Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa. Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ. Ɔhaw biara rento ɔteneneeni, nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ. Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho. Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi. Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu. Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den. Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom. Onihafoɔ ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn. Tenenee kwan mu wɔ nkwa; na owuo nni saa ɛkwan no so. Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛdifoɔ ntie animka. Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ, na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ. Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu. Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara. Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ, nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba. Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu. Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree. Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara. Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara, nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea. Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu. Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so, na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso. Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ, nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua. Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua. Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu. Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den. Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi. Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu, nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba. Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam. Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho. Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane. Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi, na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua. Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni. Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii, nanso ntɛnkyea pra kɔ. Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no. Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ. Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam. Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade, na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa. Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban. Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan, na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba. Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ. Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya, nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm. Twe wo ho firi ɔkwasea ho, ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano. Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa. Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ, na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ. Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu, na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ. Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie, nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm. Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu. Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea, na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ. Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na onipa pa nso bɛnya ne deɛ. Atetekwaa gye biribiara di, nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho. Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa. Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ, na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no. Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie, na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire. Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim, na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano. Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree. Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie. Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ. Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba, na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu. Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire, na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba. Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ. Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den, na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma. Awurade suro yɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu. Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam, nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe. Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi. Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa, na anibereɛ ma nnompe porɔ. Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa, nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam. Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase, nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea. Nyansa te nteaseɛ akoma mu, na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi. Tenenee pagya ɔman na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara. Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani, na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo. Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu. Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm. Awurade ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ. Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom. Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ. Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie, nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn. Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu; nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ, nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee. Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so, deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu. Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim, na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so. Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ; ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee. Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom. Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu. Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho. Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho. Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa. Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi, nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn. Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa. Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye, nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so. Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe, nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie. Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ. Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan. Awurade sɛe ɔhantanni fie na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ. Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa. Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne. Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ. Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden. Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase. Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu. Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim. Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea, na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade. Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu. Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam, na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie. Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ, mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da. Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa. Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni. Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne; onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa. Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu. Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya. Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo. Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ, enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee. Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade; nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ. Ahemfo kyiri bɔneyɛ, ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so. Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ; na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ. Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ, nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano. Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa, nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna. Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ, sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ! Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne; deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban. Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ. Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ; nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so. Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ. Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ. Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu. Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den; ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm. Ohuhuni bɔ pɔ bɔne, ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ. Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba, na osekuni tete nnamfonom ntam. Basabasayɛni daadaa ne yɔnko na ɔde no fa ɛkwammɔne so. Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho; na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so. Ɛdwono yɛ animuonyam abotire; tenenee mu asetena na ɛde ba. Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ, na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn. Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ, nanso ne gyinasie biara firi Awurade. Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu. Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so, na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ. Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne; ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma. Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa; na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe. Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam, na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa. Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea, saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene. Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma; ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim. Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan, na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam. Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea. Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so. Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma sene ɔkwasea a ɔregyimie. Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da. Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka; enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma. Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no, Awurade kyiri ne mmienu. Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa. Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu, wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ. Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu nam so de si awowa ma ne yɔnko. Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne; deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ. Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ; deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu. Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ; ɔba kwasea agya nni anigyeɛ. Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ, nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe. Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee. Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so, na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano. Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ, na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea. Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso, anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti. Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ. Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ, na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu. Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya; na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee. Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa. Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so, na aniwuo nso di animguaseɛ akyi. Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ, na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro. Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea. Ɔkwasea ano de akasakasa ba na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ. Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ na nʼanofafa yɛ ne kra afidie. Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa. Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ. Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ. Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo. Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim. Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no, ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ. Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ? Nhunumu akoma nya nimdeɛ; na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ. Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma na ɛde no ba atitire anim. Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu. Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so, na ɛpata atamfoɔ. Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire. Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no. Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba. Deɛ wanya yere no anya adepa na ɔnya adom firi Awurade hɔ. Ohiani srɛ ahummɔborɔ, nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no. Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua. Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu. Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ. Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade. Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gya no hɔ. Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni. Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo. Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara. Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ. Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera. Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so! Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam. Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo. Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ, ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da. Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ, na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade. Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ. Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu. Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka. Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako. Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka; sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio. Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa. Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu. Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ. Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu. Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu na ɔremma so mpo nkɔ nʼano! Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ. Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba. Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho. Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw; na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne. Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ, ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi. Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ; na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ. Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom; na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so. Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa. Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu; enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee. Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe. Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ? Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron; nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi. Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a, ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu. Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu; meyɛ kronn na menni bɔne”? Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no Awurade kyiri ne mmienu. Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no, sɛ ne suban yɛ kronn ne papa. Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ, Awurade na wayɛ ne mmienu. Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so. Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!” nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho. Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna. Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa. Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ, nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom. Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ; sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ. Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho. Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a, wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu. Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no renyɛ nhyira akyire no. Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo. Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa, na nsisie nsania nso nsɔ nʼani. Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase? Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, ɔsum ne ho afidie. Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ; na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so. Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara. Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim. Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam. Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ mmaaka te akoma mu. Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ. Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma. Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ. Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne! Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no. Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no yɛ huhuro ne owuo afidie. Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene. Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene. Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie. Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne; ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko. Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ. Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu. Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so. Kokoam adekyɛ dwodwo akoma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ. Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ. Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu. Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da. Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ. Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena. Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma, nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa. Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam. Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam. Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no ɔtwe ne ho firi amanenya ho. Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ” ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ. Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no, ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ. Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree, nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho. Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho. Adansekurumdini bɛyera, na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no. Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho. Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade. Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdie yɛ Awurade dea. Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe; sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ. Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ. Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane. Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro ma ahonya ne animuonyam ne nkwa. Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so, nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho. Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so, na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so. Adefoɔ di ahiafoɔ so, na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ. Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa. Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane. Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ; ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa. Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam bɛnya ɔhene afa no adamfo. Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm. Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!” anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.” Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku; deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu. Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri. Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu. Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu, na ne nyinaa ada wʼano. Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so, merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo. Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo, deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ, a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho, sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa? Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti, na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ, ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa. Mfa obi a ne bo ha no adamfo, na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu, anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan na woakɔtɔ afidie mu. Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu, anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu; na sɛ wonni deɛ wɔde tua a wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase. Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ; deɛ wo nananom de sisii hɔ no. Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa? Ahemfo anim na ɔbɛsom, na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim. Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie, Sɛ woyɛ adidibrada a, hyɛ wo ho so. Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa. Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hunu nyansa na to wo bo ase. Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ɛbɛfu ntaban na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ. Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane nni nʼakɔnnɔ aduane akyi; ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a ɛberɛ biara ɔdwene sika ho. Ɔka sɛ, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ nʼakoma mu. Kakra a woadi no wobɛfe na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ. Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no. Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu, na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu, ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den, na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn. Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so na wɛn wʼaso tie nimdeɛ. Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so; sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu. Fa abaa twe nʼaso na gye ne kra firi owuo mu. Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a, ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye; sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye. Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ, mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara. Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa. Me ba, tie, na hunu nyansa, ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so. Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ, ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ, na anikum fira wɔn ntomago. Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no, na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia. Tɔ nokorɛ na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu. Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree; deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho. Ma wʼagya ne wo maame ani nnye; ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ. Me ba, fa wʼakoma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho, na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ. Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso. Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ? Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii? Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so? Wɔn a wɔkyɛre nsã ho, na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ. Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa, ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no. Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa. Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho. Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so. Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira. Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara. Ɛberɛ bɛn na menyane akɔpɛ nsã anom bio?” Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ, mfa wo ho mmɔ wɔn; Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho, na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm. Wɔde nyansa na ɛsi efie, na nhunumu mu na wɔma ɛtim; ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu. Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso, na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu; deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ, deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii. Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka. Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ. Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne, nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ. Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a, na wʼahoɔden sua! Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ. Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,” deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa? Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa? Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa? Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ; ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ. Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ kwa. Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ, na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so, Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio, na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase. Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie, ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so. Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso, ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye, na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea. Me ba, suro Awurade ne ɔhene, na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim, na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba? Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka: Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ: Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa. Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie, na nhyira bɛba wɔn so. Mmuaeɛ pa te sɛ mfeano. Wie wo mfikyidwuma na siesie wo mfuo; ɛno akyi, si wo fie. Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa. Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.” Menante faa onihafoɔ afuo ho twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho; nkasɛɛ afu wɔ baabiara, wira afu akata asase no so, na aboɔ afasuo no nso abubu. Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so na mesuaa biribi firii mu: nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra, bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ. Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ: Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam. Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu. Sɛ wɔyi dwetɛ ho a, dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ; Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim, na tenenee bɛma nʼahennwa atim. Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere diberɛ wɔ atitire mu; Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,” sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim. Deɛ wode wʼani ahunu no mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ? Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforɔ ahintasɛm adi, anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da. Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu. Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no. Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam. Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho. Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu. Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe. Ntaa nkɔ wo yɔnko fie, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo. Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam. Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu. Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ. Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi, na Awurade bɛma wo akatua. Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no, saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba. Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie. Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri. Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ, te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ. Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ, na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho. Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam. Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea. Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee. Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi. Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno. Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa. Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ. Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano. Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so, te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea. Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano. Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa. Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu. Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no. Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu, gyata nenam mmɔntene no so!” Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no, saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so. Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu, na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano. Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua. Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu. Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo anaa agyan kɔdiawuo no te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!” Yensin hi a, ogya dum; nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa. Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa. Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa. Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so. Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ, nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma. Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma. Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu. Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu; sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so. Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi, na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba. Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba. Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa; ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo. Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara. Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano? Animka a ɛda edwa yɛ sene ɔdɔ a asuma. Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe. Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ, nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ. Onipa a wayera ne fie ɛkwan, te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini. Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye, adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma. Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ, na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri. Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa. Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta, nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu. Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa. Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome. Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da; sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu. Dadeɛ se dadeɛ, saa ara na onipa se ɔfoforɔ. Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba, na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam. Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa akoma da onipa no adi. Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ. Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu, sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a, worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho. Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea, na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so; ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a, ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma, na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo. Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree ama wo ne wʼabusuafoɔ adi ne aduane ama wo mmaawa. Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no, nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata. Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma. Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ. Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan. Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie. Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye. Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu, nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase. Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ. Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ. Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ. Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ. Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii; nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta. Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ. Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu. Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ. Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene, na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten. Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no, ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da; mma obiara mmɔ ne ho ban. Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu, nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim. Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii, nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia. Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii, na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni. Animhwɛ nyɛ, nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne. Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no. Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ. Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no, ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ. Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ. Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no. Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no, nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii. Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta; na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre. Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano. Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie; sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie. Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya. Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ, nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no. Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afidie. Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie, nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye. Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ, nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no. Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano. Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a, ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma. Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ, na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene. Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi, nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so. Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ. Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ. Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a, nʼahennwa bɛtim hɔ daa. Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase. Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ. Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye. Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so. Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so, ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa. Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa? Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no. Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a, awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba. Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii. Onipa ahomasoɔ brɛ no ase, nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam. Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ. Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo, na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no. Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn. Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ; na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene. Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ: Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ: “Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu, menni onipa nteaseɛ. Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso. Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me! “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no. Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ. “Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu: Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ; nanso ma me deɛ medi daa. Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno, na ama magu me Onyankopɔn din ho fi. “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka. “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso; Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi; wɔn a wɔn ani tra ntɔn, na wɔbu animtiaa; wɔn a wɔn se yɛ akofena na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so, na woayi onibie afiri adasamma mu. “Amemem wɔ mmammaa mmienu a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’ “Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da. Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ Damena, obonini awotwaa, asase a ɛyɛ wesee daa, ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ “Ani a ɛyi agya ahi, na ɛbu ɛna animtia no, bɔnhwa ho anene bɛtutu, na apete abɛdi. “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ: Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem, sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so, ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so, ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa. “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie: Ɔdidi, ɔpepa nʼano na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’ “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano: akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee, ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu. “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa: Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu; Nkukuban —yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu, ntutummɛ nni ɔhene, nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim; wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ, nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie. “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ, ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn: gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu; akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia. “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, anaa woadwene bɔne a, ma wʼani nwu na mua wʼano! Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no, saa ara na abufuo de akasakasa ba.” Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no: Ao me babarima, me yafunu ba, Ao mebɔhyɛ ba, nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho, wɔn a wɔgu ahemfo asu no. Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo; asanom nyɛ mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho; sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka, na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan. Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu; Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio. Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie. Kasa na bu atɛntenenee; kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie. Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa. Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no. Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwa nna nyinaa mu. Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so. Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn, ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba. Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre; ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa. Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ; ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo. Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma. Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ, na ne kanea ɛnnum anadwo. Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa. Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ na ne nsa so onibie so. Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ. Ɔyɛ ne mpasotam; na ɔfira nwera ne serekye ntoma. Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano, baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena. Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn, na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ. Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam; na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim. Ɔkasa nyansa mu, na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so. Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so na ɔnnyegye aniha so. Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ, “Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.” Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so; nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ. Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano. Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ: “Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.” Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no? Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa. Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ. Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so. Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔntene no firie no ɛhɔ na wɔsane kɔ bio. Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da. Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase. Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn. Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn. Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa. Deɛ akyea no, wɔntumi ntene; na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan. Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.” Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa. Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba. Mekaa mʼakomam sɛ, “Afei bra, mede anigyeɛ bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahunu deɛ ɛyɛ.” Nanso, ankɔsi hwee. Mekaa sɛ, “Ɔsereɛ yɛ nkwaseadeɛ. Na ɛdeɛn na anigyeɛ tumi yɛ?” Mepɛɛ sɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn wɔ ɛberɛ tiawa a yɛwɔ wɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea. Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛseɛ ase; mesisii adan yɛɛ bobe nturo. Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree wɔ mu. Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so. Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara. Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma. Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no; mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan. Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua. Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa ne deɛ mabrɛ anya a, ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase. Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so. Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ asene deɛ wɔayɛ dada no? Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm, sɛdeɛ hann yɛ sene esum no. Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim, na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu; nanso mehunuu sɛ wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ. Afei mesusuu mʼakomam sɛ, “Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso. Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?” Mekaa wɔ mʼakomam sɛ, “Yei nso nka hwee.” Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa; nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no. Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu! Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ. Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Enti mepaa aba wɔ owia yi ase adwumaden ho. Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ sɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛha adwene. Ɛdeɛn na onipa nya firi ne brɛ ne dadwene a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu? Ne nkwa nna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyea ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Biribiara nsene sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya ahomeka wɔ adwumayɛ mu. Yei nso mehunuu sɛ ɛfiri Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka hwan na ɔbɛtumi adidi anaasɛ ɔbɛnya ahomeka? Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigyeɛ, nanso omumuyɛfoɔ deɛ, ɔma ɔboaboa ahonyadeɛ ano ma deɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, sɛdeɛ wɔde mmirikatuo taa mframa. Biribiara wɔ ne berɛ, na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ. Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ, ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ, ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ, ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ, agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ, awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ, aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ, akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ, adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ, adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ, adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ, kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ, ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ, ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ. Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu? Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase. Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no. Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo. Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ: Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ, atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ. Medwenee wɔ mʼakomam sɛ, “Onyankopɔn bɛbu teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ, adeyɛ biara ne ne berɛ.” Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa. Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ. Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu. Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?” Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi? Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase: Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara; tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. Na mekaa sɛ: Awufoɔ a wɔawuwu dada no ani gye sene ateasefoɔ; wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no. Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi ne deɛ ɔnnya mmaeɛ, deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a wɔyɛ wɔ owia yi ase. Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa. Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho na ɔsɛe ne ho. Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho. Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa. Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase: Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no, na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?” Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛyɛ ɔhaw kwa. Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani: Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ. Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye? Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm. Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio. Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu. Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no. Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa. Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no. Mpɛ ntɛm nkasa, mma wʼakoma ho mpere no sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo deɛ, wo wɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi. Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no, saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ. Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so. Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so. Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn. Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ. Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da; na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Adetɔndeɛ bu so a, saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso. Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ? Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna. Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie: sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura, anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti sɛ ɔnya ɔbabarima bi a hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no. Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ, na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ. Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ. Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ: Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ, na mfasoɔ bɛn na ɔnya wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa? Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛ ɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so. Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa. Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no. Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie: Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea. Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no. Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa? Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da. Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Deɛ aniwa hunu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Ɛte sɛ wotaa mframa. Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada; onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ. Nsɛm dɔɔso a, emu aba yɛ kakraa bi, na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa? Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no. Edin pa yɛ sene aduhwam papa, na owuda yɛ sene awoda. Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase, ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso. Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ, ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba. Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase, nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie. Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom. Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma. Asɛm awieeɛ yɛ sene ne ahyɛaseɛ, na ntoboaseɛ yɛ sene ahantan. Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm na abufuo da wo nso sɛ ɔkwasea. Ɛnka sɛ, “Adɛn enti na tete nna no yɛ sene ɛnnɛ mmerɛ yi?” Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei. Nimdeɛ, sɛ agyapadeɛ no, yɛ adepa. Ɛho wɔ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia. Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ no saa ara na sika nso teɛ, nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ: deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban. Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho: Hwan na ɔbɛtumi atene deɛ wayɛ ama akyea? Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hunu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno enti onipa ntumi nhunu deɛ ɛbɛto no daakye. Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu: Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu, ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu. Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so, na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so, adɛn enti na wosɛe wo ho? Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so, na ɛnyɛ ɔkwasea nso, adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso? Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu nanso nnyaa deɛ aka no mu. Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano. Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree sene kuropɔn mu sodifoɔ edu. Onipa teneneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da. Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, anyɛ saa a, wobɛte sɛ wo ɔsomfoɔ redome wo, na wonim wɔ wʼakoma sɛ, wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree. Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ, “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ” nanso na yei boro me so. Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara, ɛwɔ akyiri, na emu dɔ, hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu? Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ, ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso. Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo ɔbaa a ɔyɛ afidie; nʼakoma yɛ nnaadaa na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ. Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu. Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ. Mereyɛ nhwehwɛ mu na menhunu hwee no, mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu, nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu. Yei nko ara na mahunu: Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ, nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.” Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase. Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan. Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree. Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba? Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no, saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm. Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no. Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho. Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no. Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma. Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ. Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa. Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da. Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ; sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam. Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo. Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu, nanso awufoɔ nnim hwee; wɔnni akatua biara bio, na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera. Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dada; wɔnni hwee yɛ wɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ. Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso: Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa, ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so. Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio. Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam. Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ, nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree. Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so. Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa, nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum. Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so a wɔhunu sɛ ɔnnim nyansa na ɔma obiara hunu sɛ wagyimi. Sɛ sodifoɔ bo fu wo a, nnya wʼadwuma nto hɔ; na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano. Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase. Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ: Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn, na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam. Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so, na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa. Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu; na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no. Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no; na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia. Sɛ abonnua ano akum na wɔanse ano a, ɛbɛhia ahoɔden bebree nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba. Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara. Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu. Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm; na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne, na ɔkwasea woro nsɛm. Obiara nnim deɛ ɛreba, hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no? Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom. Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa. Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ. Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ; sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu. Wɔto ɛpono ma sereɛ, na nsã ma onipa ahosɛpɛ, nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa. Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene, na wowɔ piam nso a, nnome osikani, ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka. To wo burodo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka bio. Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe, ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so. Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a, ɛtɔ gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda. Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua, na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ, anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase. Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no. Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie. Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia. Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ. Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu, ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu. Di deɛ wʼakoma pɛ ne deɛ wʼaniwa hunu akyi, nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu. Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ. Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba, ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi. Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo, na mmarima ahoɔdenfoɔ akom, ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu; ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase; ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ ne mmɔntene so amanenyasɛm; ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne na abɛbɛ wea korɔ na nkatedeɛ ho adwodwoɔ. Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so. Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate, anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho, anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu, na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso. Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn. Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima. Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ. Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awieeɛ nie: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so, na onipa asɛdeɛ nyinaa nie. Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn, deɛ wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne. Salomo nnwom mu dwom. Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano, ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa. Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ! Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam! Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo. Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho? Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho. Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho. Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo. Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo. Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no, nʼaduhwam hwa no gyee hɔ. Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa a ɛda me nufu ntam. Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm wɔ En-Gedi bobe turo mu. Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma. Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ. Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro; yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa. Meyɛ Saron nhwiren ne bɔnhwa mu sukooko. Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no saa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu. Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu. Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ. Ɔde me akɔ apontoɔ ase, na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ. Momma me bobe aba na menya ahoɔden, momma me aprɛ na ɛnnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha. Ne nsa benkum da mʼatikɔ, na ne nsa nifa aka me afam ne bo. Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. Tie! Me dɔfoɔ! Hwɛ! Ɔno na ɔreba no, ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so. Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ. Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi, ɔhwɛ mpomma no mu, wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu. Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ na bra me nkyɛn. Hwɛ! Awɔberɛ atwam; na osutɔ atwam kɔ. Nhwiren afifiri asase ani: nnwontoɔ berɛ aso. Wɔte mmorɔnoma su wɔ yɛn asase so. Borɔdɔma agu nhyerɛnne; na bobe hwa agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfoɔ; mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.” Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu ahinta wɔ mmepɔ so, ma me nhunu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ. Monkyekyere sakraman no mma yɛn, sakraman nketewa no a wɔsɛe bobe nturo, yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no. Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no; ɔhwehwɛ sukooko no mu. Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkye na sunsumma bɛsene akɔ no, dane wo ho me dɔfoɔ, na yɛ sɛ ɔtwewa anaa ɔforoteɛ a ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so. Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so mehwehwɛɛ deɛ mʼakoma da no so; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no. Mɛsɔre afei na makɔ kyinkyini kuropɔn no mu, ne mmɔntene so ne nʼadwabirem; na mahwehwɛ deɛ mʼakoma da no so. Enti mehwehwɛɛ no nanso manhunu no. Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu. “Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?” Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ na mehunuu deɛ mʼakoma da no so no. Mesɔɔ ne nsa sɛ meremma no nkɔ kɔsii sɛ mede no baa me maame fie, de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu. Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba te sɛ wisie kumɔnn a ɛfiri kurobo, aduhwam ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi? Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm; adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel, Wɔn nyinaa bobɔ akofena, wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa. Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu, na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara. Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ. Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ. Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho. Emu nsiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ. Momfiri adi, mo Sion mmammaa, mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛ deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no, da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no. Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ. Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam. Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa. Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm. Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu, atwe mma ntafoɔ a wɔdidi wɔ sukooko mu. Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye, ama sunsum adwane no, mɛkɔ kurobo bepɔ ne aduhwam nkokoɔ no so. Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni ɛdɛm biara. Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ, wo ne me mfiri Lebanon nkɔ. Siane firi Amana atifi bra, firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, firi agyata buo mu ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ. Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ; woagye mʼakoma abɔ so wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ, ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako. Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ! Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa, na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara. Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ; nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ. Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano. Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaa a ɛso aba pa, ahuahaa ne nnuannua, nnuannua ne mmɛtire, osiko ne sinamon, a ohwamfufuo nnua hodoɔ, kurobo ne dupapoɔ ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho. Woyɛ turo mu asubura. Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi mu sane firi Lebanon. Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafoɔ fam mframa! Bɔ fa me turo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ. Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano. Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ; manom me bobesa ne me nufosuo. Ao, nnamfonom, monnidi na monnom; Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo. Medaeɛ nanso mʼakoma anna. Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu; “Bue me, me nuabaa, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosuo afɔ me tirim, anadwo mu bosuo afɔ me nwi.” Maworɔ mʼatadeɛ, mensane mfa nhyɛ anaa? Mahohoro me nan ase, memma ho nyɛ fi bio anaa? Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu. Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, na me nsa ho kurobo ne me nsateaa ho aduhwam, yɛɛ apratwom no ho. Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so. Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no! Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti. Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei? Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ɔgyina asuwa bi ho; ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa. Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ. Ɛho hwa te sɛ aduhwam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobo. Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu. Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho. Ne nan te sɛ abohemaa afadum a ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so. Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro. Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, Ao, Yerusalem mmammaa. Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no? Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu, faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ, ɔkɔkyinkyini turo no mu akɔboaboa sukooko ano. Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no; ɔkyinkyin sukooko no mu. Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa, wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa. Ɛnhwɛ me saa; wo ma me yɛ basaa. Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane firi Gilead. Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa. Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn; nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua; ɔno nko ara ne ne maame babaa, ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no. Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so. Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu, sɛ bobe no agu nhyerɛnne anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so. Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa; Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa? Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ao, ɔdehyeɛ babaa! Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa, odwumfoɔ nsa ano adwuma. Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara. Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia. Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu, adabɔ mma ntafoɔ. Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no. Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ. Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ; wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene. Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ, wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka. Wo siberɛ te sɛ abɛ dua, na wo nufu te sɛ aduaba siaka. Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no; na masɔ nʼaba mu.” Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka, na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ. Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa. Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee, ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo. Meyɛ me dɔfoɔ dea, na nʼapɛdeɛ ne me. Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase, ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako. Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛm nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne, sɛ nhyerɛnne no apaapae, anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo. Adasoa yi ne hwa, na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano, foforɔ ne dada, a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ. Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima a wonum me maame nufu ano, ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a, anka mɛfe wʼano, a obiara ntumi mmu me animtiaa. Anka mɛdi wʼanim na mede wo aba me maame efie, ɔno a woakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi. Ne nsa benkum da mʼatikɔ na ne nsa nifa aka me afam ne bo. Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase; ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ, ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ. Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ, sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so, ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo, ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena. Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ, sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo. Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a, ne nufu mmobɔeɛ. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi wɔ da a wɔbɛbisa no ase? Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a, yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. Sɛ ɔyɛ ɛpono a, yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan. Meyɛ ɔfasuo, na me nufu te sɛ abantenten. Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a ɔde deɛ ɛsɔ ani reba. Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no nnwetɛbena apem. Nanso me bobeturo yi yɛ me dea. Me deɛ, meremfa mma; Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem, na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so. Wo a wote turo no mu ne nnamfonom a wɔka wo ho, ma mente wo nne. Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ, na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba anaasɛ ɔforoteɛ ba a ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so. Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so. Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matete mma ama wɔanyini, nanso wɔate me so atua. Nantwie nim ne wura, afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfoɔ nte aseɛ.” Aa, amumuyɛ ɔman, ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma, nnebɔneyɛfoɔ kuo, mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho; Wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadane wɔn akyi akyerɛ no. Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn enti na moda so te atua? Wɔapira mo tiri, na mo akoma nso di yea. Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so ahomeka biara nni mu, apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara akuro a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so. Mo ɔman ada mpan, wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn; ananafoɔ regye mo mfuo a mo ani tua, na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no. Wɔagya Ɔbabaa Sion te sɛ bobe turo mu sese te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia. Sɛ Awurade tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora. Montie Awurade asɛm, mo Sodom sodifoɔ; montie yɛn Onyankopɔn mmara, mo Gomorafoɔ! “Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so, deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ; mʼani nnye anantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho. Sɛ moba mʼanim a hwan na ɔbisa yei firi mo hɔ? Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi? Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no! Mo aduhwam yɛ me tan. Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne mo nhyiamu fi no afono me. Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no, me kra kyiri. Ayɛ adesoa ama me; masoa mabrɛ. Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a, mɛyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi. “Monnwira mo ho na mo ho nte. Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so! Monnyae bɔne yɛ. Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛntenenee Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran. Monni mma nwisiaa, monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn. “Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo. Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a, mobɛdi asase no so nnepa. Na sɛ moampene na mote atua a, akofena bɛdi mo nam.” Awurade na wakasa. Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no adane odwamanfoɔ. Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma na anka tenenee te ne mu, nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma! Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ, wɔde nsuo afra wo nsã papa mu. Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ, akorɔmfoɔ yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ, na wɔpere akyɛdeɛ ho. Wɔnni mma nwisiaa; na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim. Enti, Awurade, Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ, “Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔ na matɔ wɔn so were. Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro wo ho fi korakora na mayi mo ho nkekaawa nyinaa. Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no, ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no. Yei akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Tenenee Kuropɔn Nokwafoɔ.” Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio, na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn. Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera. “Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame a monyaa wɔn mu anigyeɛ no; wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturo a mosom abosom wɔ mu no enti. Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo, ne turo a ɛnnya nsuo. Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm; nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ; ne mmienu no bɛhye abɔ mu, a obiara rentumi nnum.” Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem. Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu. Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom. Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano. Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ. Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti! Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no. Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase), Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn, ne Basan odum nnua no, mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa, ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den, adwadie hyɛn biara ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no, na ahoni no bɛyera korakora. Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase. Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan. Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase. Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ahome kɛkɛ so. Wɔyɛ ɛdeɛn koraa? Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa. Nnɔmmarima ne akofoɔ, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛni ne ɔpanin, aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ, ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ. “Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ; na mmɔfra adi wɔn so.” Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ. Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.” Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.” Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu. Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so. Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba. Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho. Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so. Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn. Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu. Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye. Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho. Awurade bɛma wɔn tiri so apa.” Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ, nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu, Wɔn mmɔtire, ananse ntweaban, abɔwomu, nnuhwam ntoa ne nkaberɛ, ntimsoɔ mpɛtea ne hwenemu nkawa, ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo; nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ. Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu; ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu; tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu; ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu; honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu. Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano, wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu. Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ; na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu. Saa ɛda no, mmaa baason bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora firi yɛn so!” Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no. Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa. Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem. Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so. Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ. Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani. Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ, na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na ɔtuu nsakyimena nso. Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa, nanso ɛsoo aba bɔne. “Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mommu me ne me bobe turo ntam atɛn. Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo boro deɛ mayɛ yi so? Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no adɛn enti na ɛsoo aba bɔne? Afei, mɛka deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo: Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ, na wɔbɛsɛe no; mɛbubu ɛho fasuo, na wɔbɛtiatia so. Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ nsuo angu so.” Asafo Awurade bobe turo no yɛ Israel fie, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su. Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu. Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.” Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn. Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma. Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ; ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree. Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ na ɔbue nʼanom bayaa; na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani. Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no, na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni. Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea; nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so. Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ. Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛdeɛ yɛbɛhunu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra, sɛdeɛ yɛbɛhunu.” Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode esum si hann anan mu na hann si esum anan mu, mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono. Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so ne anitefoɔ mo ankasa ani so. Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu. Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ. Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo nhini bɛporɔ, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo; ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm. Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so, wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔ no woso, na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ, na ne nsa da so wɔ soro. Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman, ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, ɔherɛ so ne ntɛm so! Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu na mpaboa ahoma biara nso rente. Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ, wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa. Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so sɛdeɛ ɛpo woro soɔ. Na sɛ obi hwɛ asase no a, ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum. Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!” Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma. Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.” Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn. Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.” Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!” Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ, “ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’ Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.” Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?” Na ɔbuaa sɛ, “Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon a nnipa ntete soɔ, ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo na mfuo no asɛe ayɛ pasaa, ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan. Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a, wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.” Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so. Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no. Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ, “Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.” Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “ ‘Ɛremma so, na ɛrensi da, Aram tiri ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirinhyia aduosia enum mu no Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman. Efraim tiri ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a, worennyina koraa.’ ” Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio sɛ, “Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.” Nanso, Ahas buaa sɛ, “Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ.” Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa? Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel. Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ. Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan. Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.” Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so. Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu dɔ ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu. Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso. Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu. Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ. Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ. Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye hɔ. Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ yɛ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ hɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so. Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.” Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.” Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ, “Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo Siloa nsuo a ɛresene brɛoo na wɔdi ahurisie wɔ Resin ne Remalia babarima no ho enti, Awurade reyɛ de Asubɔnten no yire kɛseɛ no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu, na abu afa ne nkonkɔn so na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho, atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu. Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so Ao Immanuel.” Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo! Montie mo akyirikyiri aman. Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo! Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo! Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam na ɛyɛ tirisopam. Monnsuro deɛ wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu. Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu, ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn. Wɔn mu bebree bɛsuntisunti; wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio; wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.” Kyekyere adanseɛ no sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ. Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afiri Yakob efie so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu. Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn. Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ? Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann. Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn. Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu. Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam. Nnipa a wɔnam sum mu ahunu hann kɛseɛ; wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, hann bi apue wɔn so. Woatrɛ ɔman no mu; woama wɔn ani agye mmoroso; wɔdi ahurisie wɔ wʼanim sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ. Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma a ɛda wɔn mmatire so. Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. Wɔde bɛsɔ ogya. Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura. Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahennwa so abu nʼahennie, Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛhyɛ aseɛ na wama atim afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ yei. Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, na ɛbɛka Israel. Nnipa no nyinaa bɛhunu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomasoɔ akoma kasa no, “Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.” Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran. Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ na ne nsa da so wɔ soro. Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso. Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa; mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no. Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan. Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro. Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro. Asafo Awurade abufuo so enti, asase no bɛkyene na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no. Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; benkum so, wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba ɛnam. Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado. Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba, de tena ahiafoɔ ahofadie so, de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden. Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ na wɔbɔ nwisiaa korɔno. Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ? Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado. “Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no! Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so. Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ. Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa? Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko anaa? Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ, ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no. Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa, sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ” Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane. Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’ ” Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ? Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa? Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so, anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante! Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam. Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse. Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ. Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ. Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ, Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no remfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm. Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn. Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ, nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ. Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa. Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion monnsuro Asiriafoɔ no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no. Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.” Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛtene ne poma nsuo no so, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so; wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu; wɔbubu kɔnnua no na afiri mo so. Wɔhyɛne Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas. Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ, “yɛbɛda Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kuro Gibea nso dwane. Teaam Ɔbabaa Galim! Tie, Ao Laisa! Anatot Mmɔborɔni! Madmena redwane; Gebimfoɔ kɔtetɛ. Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob; wɔbɛwoso wɔn nsa wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so wɔ Yerusalem kokoɔ no so. Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no. Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam; deɛ ɛwoware no bɛba fam. Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam. Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim. Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho; ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba. Awurade Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom. Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ; na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn, ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ. Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase; ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ. Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu. Pataku ne odwammaa bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyie bɛda, nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim. Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie. Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano, na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu. Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no. Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam. Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ. Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano; Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano afiri asase ntwea ɛnan no so. Efraim anibereɛ bɛtu ayera, na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso rentane Efraim ani. Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam; na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam. Wɔbɛfa Edom ne Moab, na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase. Awurade bɛma nsuo a ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora; ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛ abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nson sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa. Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ a wɔaka Asiria, sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israel ɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no. Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao Awurade ! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ. Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.” Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu. Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda Awurade ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so. To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa. Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.” Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie: Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi, teaam frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu. Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie. Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko. Wɔfifiri akyirikyiri aman so, wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so, Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ; bɛsɛe ɔman no nyinaa. Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no. Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo, obiara akoma bɛboto. Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya. Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no. Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn. Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti, ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho. Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase. Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ. Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no. Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so. Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano. Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa. Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra. Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa, animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no, Onyankopɔn bɛdane abutu te sɛ Sodom ne Gomora. Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ. Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma; ɛhɔ na apatuo bɛtena, ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ. Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu, sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma. Ne berɛ aso, na wɔrento ne nna mu. Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu. Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so. Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa! Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu, sodifoɔ ahempoma no, deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase. Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom. Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.” Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.” Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so. Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase! Wokaa no wʼakoma mu sɛ, “Mɛforo akɔ soro; mɛma mʼahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so, deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so. Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.” Nanso wɔde wo abɛto damena mu, amena donkudonku ase tɔnn. Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa, wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase na ɔmaa ahennie ho popooeɛ, ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?” Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu. Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ. Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene. Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so. “Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Asafo Awurade aka ntam sɛ, “Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa. Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; mɛtiatia ne so me mmepɔ so. Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so, na nʼadesoa nso afiri wɔn so.” Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so. Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no? Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no: Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ. Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ. Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn! Monnwane, mo Filistifoɔ! Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu. Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifoɔ? “ Awurade de Sion atim hɔ. Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.” Adehunu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa. Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu. Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto. Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim. Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so. Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔ nkɔma asase no sodifoɔ, ɛfiri Sela fa anweatam no so, kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so. Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo mu na wɔtu nenam ewiem no, saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛ wɔ Arnon asutwareɛ. “Mommoa yɛn, mommɔ yɛn ho ban. Momfa yɛn nsie. Monnyi atukɔtenafoɔ no mma. Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena; monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ na adesɛeɛ to bɛtwa; opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so. Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho. Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn, nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden, nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu. Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho. Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ. Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ. Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset. Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee. Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho. Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.” Adehunu a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie. Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu. Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso bɛfiri Damasko; Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ Israelfoɔ animuonyam,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa. Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so na ɔde ne nsa pempan sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bɔnhwa mu. Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no; ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so, ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,” sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie. Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia. Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan. Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo aban no. Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne. Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa. Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ, wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye! Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ, wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ! Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so, nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no. Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu. Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada! Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie. Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so wɔ Kus nsubɔntene ho, a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani. Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Mo ewiasefoɔ nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a, mobɛhunu. Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, mobɛte. Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.” Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no, na nhwiren no anyini adane bobe no, wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no; wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ. Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa; nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu. Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu. Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no. Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu. “Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahennie atia ahennie. Misraimfoɔ no renya abodwo, na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa. Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom, asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn. Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Nsubɔntene mu nsuo bɛwe, na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee. Nsuka bɛyi hwa; na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe. Demmire ne ɛserɛ bɛdwan, Nil nsunoa nnua nso, deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no. Nil nsunoa so mfuo nyinaa bɛwo wesee na awu koraa. Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo, wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so bɛdi awerɛhoɔ. Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu, wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa. Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto. Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?” Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu deɛ Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim. Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ, wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔ ne nnipa no ntuanofoɔ ama Misraim afom ɛkwan. Awurade ahwie anisobirie honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho. Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ; obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire. Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti. Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn. Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade. Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn. Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so. Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ. Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so. Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.” Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no, saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba. Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no, saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu. Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ” Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so. Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ. Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me. Mʼakoma bɔ paripari, ehu ma me ho popo; na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu. Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho! Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo. Sɛ ɔhunu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuakuo, wɔn a wɔtete mfunumu so ne wɔn a wɔtete nyoma so a, ɔnwɛn nʼaso wɛn pa ara.” Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ. Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ” Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ. Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?” Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.” Adehunu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufoɔ a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase, Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ adwanefoɔ aduane. Wɔdwane firi akofena a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a ɛgyina mu ano. Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie. Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho: Ɛdeɛn na ɛha mo seesei, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi, Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma, Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn? Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa, na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso? Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane; wɔamfa tadua ankyekyere wɔn. Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ; mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri. Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so na mentwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.” Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu wɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu; ɛda a wɔde bubu afasuo na wɔde su kyerɛ mmepɔ. Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho; Kir pagya kyɛm no. Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma, na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano. Wɔayi Yuda ho banbɔ no. Na da no wode wʼani too akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so; wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no akwan bebree deda ne banbɔ mu. Woboaa nsuo ano wɔ Aseɛ Abura mu. Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden. Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no. Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma. Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ; wokunkum anantwie ne nnwan; wowe ɛnam na woboro nsã! Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!” Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie. Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi, Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ, Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? “Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ. Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa, na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so. Ɛhɔ na wobɛwu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie! Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu na wɔayi wo afiri wo dibea so. “Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie. Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue. Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie. Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so. “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!” Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo! Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tiro na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea. Wɔfiri Kipro asase so abɛka akyerɛ wɔn. Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so ne mo Sidon adwadifoɔ a ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ. Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea. Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.” Sɛ asɛm no duru Misraim a, wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho. Montwa nkɔ Tarsis; montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so. Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no? Yei ne teteete kuropɔn no a watu akɔtena akyirikyiri nsase soɔ no anaa? Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so? Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ, ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase. Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no Ao Ɔbabaa Tarsis, ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio. Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ, wɔnsɛe nʼaban. Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara, Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo! “Sɔre, tware kɔ Kipro; ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.” Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no, saa nnipa a seesei wɔnka hwee no! Asiriafoɔ ayɛ no beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ; wɔsisii wɔn ntua aban bebree, wɔdwirii nʼaban guiɛ ma ɛdanee mmubuiɛ. Montwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban! Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no: “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree, sɛdeɛ wɔbɛkae wo.” Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa. Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa. Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete, ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ, ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa, ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ, ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea, ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma. Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom ɛso nneɛma. Awurade na waka saa asɛm yi. Asase so yɛ wesee, na ɛkusa ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa, deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no. Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛdeɛ no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no. Enti, nnome amene asase no ɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua ne saa enti wɔahye asase no so nnipa, na kakra bi pɛ na aka. Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan; wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie. Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae, ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae. Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn. Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio; mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ. Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; wɔatoto efie biara apono mu. Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so; ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ, anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so. Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapono mu nketenkete. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ, anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no. Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ. Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so. Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.” Ehu, amena ne afidie retwɛn mo, Ao nnipa a mote asase soɔ. Deɛ ehu enti ɔdwane no, ɔbɛtɔ amena mu; deɛ ɔforo firi amena mu no, afidie bɛyi no. Wɔabue nsuo apono wɔ soro, na asase nnyinasoɔ woso. Wɔadwiri asase no na emu apaapae, na asase awoso ankasa. Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ. Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano; nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio. Saa ɛda no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfoɔ ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso. Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso. Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu; na Asafo Awurade bɛdi ɔhene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu. Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete. Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio. Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam. Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea, ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea, ahum ano ahintaeɛ ɔhyeɛ mu nwunu na atutupɛfoɔ ahome te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so. Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase; sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no, saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ. Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa. Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so; Ɔbɛmene owuo afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa aniso nisuo nyinaa. Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora, afiri nsase nyinaa so. Awurade na waka. Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ, “Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie; yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ; momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.” Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so; nanso ɔbɛtiatia Moab so te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena. Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so, sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho. Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu; ɔbɛbubu agu fam ama ayɛ mfuturo. Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn denden; Onyankopɔn de nkwagyeɛ ayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn. Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no. Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so. Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan. Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; ɔbubu gu fam pasaa ma ɛda mfuturo mu. Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so de wɔn nan bɛtiatia so. Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom. Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ. Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ. Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ. Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro, nanso wɔnhunu. Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo; ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn. Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo. Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn. Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛseɛ; woahyɛ wo ho animuonyam; woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ. Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade. Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so. Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue. Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan mu na montoto apono no mu; momfa mo ho nsie berɛ tiawa bi kɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo. Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛ abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi; ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio. Saa ɛda no, Awurade de nʼakofena bɛtwe aso, ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ a ɔbobɔ ne ho no aso; ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no. Saa da no, “To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ: Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no. Me bo mfuiɛ. Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a anka mene wɔn de bɛbɔ ani; na mahye wɔn nyinaa. Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho, aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.” Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim, Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma. Awurade abɔ Israel sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa? Awurade akum Israel sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa? Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso. Wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no. Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio. Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa. Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn. Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so. Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so. Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no. Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ. Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma. Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so. Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so. Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no, ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru. Sɛ obi hunu na ɔte a ɔdi no ntɛm so. Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no. Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano. Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so, na nsaden ma wɔhinhim; nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wɔhinhim. Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu, na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu. Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so, na baabiara ayɛ efi. Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho? Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa? Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa? Ɔkasa bebree: Ɔka yei, na waka yei ɔma mmara foforɔ akyi mmara; ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.” Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no. Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn. Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem. Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.” Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion, ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ, tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den; deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu. Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma. Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no, na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ. Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu; nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina. Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ɛbɛtwi afa mo so. Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi nteaseɛ de ehu bɛba. Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata. Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no. Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no, na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no. Afei gyae wo fɛdie no, anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa. Montie na monte me nne; monwɛn mo aso na montie deɛ meka. Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa? Sɛ ɔsiesie asase no ani a, ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa? Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa? Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no. Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so; wɔde poma na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro tɛtɛ. Wɔyam aburoo de to burodo enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da. Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam. Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade, afutuo mu nwanwani, na ne nyansa boro so. Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no. Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban; wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom, wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya. Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia; mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo. Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu; mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba. Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ; wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka. Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara. Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ, mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba. Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso, anaa anadwo mu anisoadehunu. Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi, na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no; sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo, nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no, saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a wɔko tia Bepɔ Sion no. Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa, mo ani mfira a monhunu adeɛ; mommoboro a ɛmfiri nsã, montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden. Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifoɔ no); wakata mo tiri so (adehufoɔ no). Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.” Awurade ka sɛ, “Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam, nanso wɔn akoma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio. Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ; mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ, “Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?” Mosisi nneɛma tiri ase. Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no! Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ, “Wo na woyɛɛ me anaa”? Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ “Ɔnnim hwee anaa”? Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ. Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifirani ani bɛhunu adeɛ. Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio; ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. Atutupɛfoɔ bɛyera, wɔrenhunu fɛdifoɔ bio, na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu. Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ, wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu. Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fiefoɔ: Yakob anim renguase bio; wɔn anim rento hoa bio. Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a, wɔbɛyɛ me din no kronkron; wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim. Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ; wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom. “Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,” sɛi na Awurade seɛ, “Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano; wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea, nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo. Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ, nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.” Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, deɛ agyata ne agyatabereɛ, ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ. Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so, de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ. Enti mefrɛ no Rahab, deɛ Ɔnka Hwee. Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ. Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm. Momfiri saa tempɔn yi so, mommane mfiri saa kwan yi ho na monnyae Israel Kronkronni a mode no ha yɛn yi!” Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti, saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo. Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.” Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara. Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’ Enti mobɛdwane! Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! Apem bɛdwane ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu enti mo nyinaa bɛdwane akɔ, kɔsi sɛ wɔbɛgya mo te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi, te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.” Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.” Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no. Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba, ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn; abufuo ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma. Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan hyehyɛ nnipa no nnyepi. Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no; mo akoma bɛdi ahurisie te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔ no so kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne, na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma, osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba. Awurade nne bɛdwerɛ Asiria; ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam. Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ. Wɔasiesie Topet dadaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; Awurade ahome a ɛte sɛ sɔfe asutene no bɛsɔ mu ogya. Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ. Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ. Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe. Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so. Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.” Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ. Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ. “Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma. Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no. Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so. Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea ne ahum mu dwanekɔbea, wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so. Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no, na obiara a ɔwɔ aso no bɛte. Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ, wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ. Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa. Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na ɔdwene bɔne ho: ɔyɛ onyame akyiwadeɛ; ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne; ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no. Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ de atorɔ sɛe ohiani, wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo. Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso. Mo mmaa a mogye mo ho die, monsɔre na montie me; mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka! Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma. Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die; mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ! Mompa mo ho ntoma na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu. Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti. Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu. Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea, kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so, na anweatam bɛdane asase bereɛ na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ. Tenenee bɛtena anweatam so na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so. Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba; deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ. Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ, afie a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ. Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ no na kuropɔn no sɛe koraa a, wɔbɛhyira wo, wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara. Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria, wo a wɔnnsɛee woɔ! Due, Ao ɔfatwafoɔ, wo a wɔnnii wo hwammɔ! Sɛ wowie ade sɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wowie hwammɔdie a, wɔbɛdi wo hwammɔ. Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu. Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane; sɛ woma wo ho so a, amanaman no bɔ hwete. Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no; saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so. Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma. Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so, nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ; Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ. Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so; asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya. Akwantempɔn no so da hɔ kwa, akwantufoɔ biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so; wɔbu nʼadansefoɔ animtia wɔmmu obiara. Asase no awo wesee na ɛresɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel poro wɔn nhahan. “Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ. “Afei na wɔbɛpagya me; afei na wɔbɛma me so akɔ soro. Monyinsɛne ntɛtɛ, na mo wo ɛserɛ; mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo. Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.” Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ! Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?” Deɛ ɔnante tenenee mu na ɔdi nokorɛ deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba na ɔnnye adanmudeɛ, deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no, saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no. Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no. Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho: “Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he? Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he? Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?” Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no. Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso. Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so. Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa. Wo ntampehoma mu ago enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie, na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu. Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ. Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”; na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn. Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie; monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ! Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie, ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa! Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn. Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no. Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho. Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no. Mogya adware Awurade akofena ho, wɔde sradeɛ asra ho, nnwammaa ne mpɔnkye mogya, nnwennini sawa mu sradeɛ. Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛseɛ wɔ Edom. Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛseɛ. Mogya bɛfɔ wɔn asase no, na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee. Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da a ɔbɛdi ama Sion. Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea, ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛre nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre! Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da. Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ; obiara remfa ho bio koraa. Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma bɛgye hɔ afa; ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma wɔ Edom so, ɔde bɛsɛe ɔman no. Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie, nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera. Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea. Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra, mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho; ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea. Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua. Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne deɛ ɔka ne ho. Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan: Yeinom mu biara renyera, obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho. Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano. Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ. Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye; ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm. Te sɛ nhwiren no, ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ; ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam. Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no. Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wɔbɛhunu Awurade animuonyam, yɛn Onyankopɔn tumi no. Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.” Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm. Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so. Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ, na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie. Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so. Gyata biara rentena hɔ, na nkekaboa biara rensi so; wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so, na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ. Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. Afei, Asiriahene somaa nʼananmusifoɔ firi Lakis a akodɔm kɛseɛ ka ne ho kɔhyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a ɔsahene no bɛgyinaa nsudorobɛn bi a ɛfiri Atifi Tadeɛ de kɔ Ntomasifoɔ Atenaeɛ hɔ no, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no. Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua? Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa? “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. Bio, wogye di sɛ, maba sɛ merebɛto ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ” Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.” Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn! Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo! Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘ Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ. “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu, kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase. “Mommma Hesekia nka sɛ, ‘ Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa? Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?” Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa. Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no. Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.” Ɛberɛ a ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia no, Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di akodɔm anim rebɛko atia no. Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no sɛ: “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?” Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim. Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ao, Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no. “Ɛyɛ nokorɛ, Awurade, sɛ, Asiria ahemfo asɛe saa aman yi ne wɔn nsase. Na wɔato anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu ogya mu, ahye wɔn, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame na mmom wɔyɛ nnua ne aboɔ a nnipa de wɔn nsa ayɛ. Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, Awurade, ne Onyankopɔn.” Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no, yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi? Hwan na woama wo nne so atia no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! Wonam wʼabɔfoɔ so asoa nsopa agu Awurade so. Na woaka sɛ, ‘Me nteaseɛnam dodoɔ enti maforo mmepɔ atentene, aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne ntweneduro atentene no, ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam. Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu. Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’ “Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie. Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi. Ɛhye ansa na anyini. “Nanso, menim deɛ woteɛ ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ ne sɛdeɛ wo bo huru tia me. Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me, na mʼankasa mate no enti, mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu, na mede nnareka ato mo ano, na mama mo afa ɛkwan a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.” Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia: “Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie, afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa. Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no. Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no, mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre. Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. “Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu na ɔrento bɛmma wɔ ha. Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi na ɔrensi otua pie ntia no. Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.” Awurade ka sɛ, “Ɔrenwura saa kuro yi mu. Mɛko agye saa kuropɔn yi, ɛsiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti!” Afei Awurade ɔbɔfoɔ firii adi na ɔkunkumm asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe enum wɔ Asiria nsraban mu. Ɛberɛ a nnipa no sɔree anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunten gugu baabiara! Enti Asiriahene Sanaherib pɔnn nʼakodɔm. Ɔsane kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ. Ɛda bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosomdan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de akofena kɔkumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene. Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.” Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ, “Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho. Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban. “ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so: Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu. Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie: Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?” Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so. Merenhunu adasamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio. Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!” Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti. Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso anya nkwa wɔ mu. Wode mʼapɔmuden asane ama me. Wonam so ama manya nkwa. Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti na mekɔɔ saa ahoyera yi mu. Wo dɔ enti, wode me sieeɛ na mankɔ ɔsɛe amena mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me. Damena rentumi nkamfo wo; owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom; wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio. Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo, sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi; agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm kyerɛ wɔn mma. Awurade bɛgye me nkwa, na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Awurade efie. Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.” Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?” Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no. Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.” Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn: Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ. Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.” Hesekia dwenee sɛ ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ wɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa sɛ, “ Awurade asɛm a woabɛka yi yɛ asɛm papa.” Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ. Saa na mo Onyankopɔn seɛ. Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ ne som denden no aba awieeɛ, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afiri Awurade nsam. Ɛnne bi reteam sɛ, “Monsiesie ɛkwan mma Awurade wɔ anweatam no so. Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so mma yɛn Onyankopɔn. Bɔnhwa biara bɛyɛ ma, bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata. Na Awurade animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ Awurade na aka!” Nne bi kaa sɛ, “Team.” Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?” “Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren. Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ. Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.” Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔ tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na team, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ, “Mo Onyankopɔn nie!” Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam. Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo. Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so? Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ? Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan? Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so; ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu. Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya, na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; ɔbu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee. Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ? Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ, na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no kɔpɛ dua a ɛremporɔ. Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ. Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa? Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa? Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu. Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase. Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa, na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ. “Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ. Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ. Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob, na wonwiinwii, Ao Israel sɛ, “Mʼakwan ahinta Awurade; na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”? Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu. Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so. Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera, na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase; Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so bɛnya ahoɔden foforɔ. Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem; wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ. Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha. “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ. “Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no, afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo, ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete. Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara enti ne ho, wɔ ɛkwan a ɔmfaa so da so. Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ, afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ? Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.” Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wɔtwi bɛn, na wɔba anim; na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!” Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran, na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so. Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam. “Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ, Yakob, deɛ mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ. Mefaa wo firi nsase ano, firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo. Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’; mapa wo na me ne wo wɔ hɔ. Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo. “Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu. Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa. Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo. Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no. “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ. Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam. “Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn. Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so, na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu. Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura, na nsase a awo adane nsutire bebree. Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu, sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate, na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi; Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ. “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ. “Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn. Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ. “Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ. Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu, anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’? Obiara anka yei, obiara anni ɛkan anka, obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn. Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’ Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba. Mehwɛ nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo, sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ. Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ! Wɔn nneyɛeɛ nka hwee; wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara. “Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie, deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom bɛgu no so na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no. Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so. Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum. Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi; ɔrenhinhim na nʼabamu remmu kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.” Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa, deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome, na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa: “Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu; mɛsɔ wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no ne kanea ama amanamanmufoɔ, na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no. “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni. Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.” Monto dwom foforɔ mma Awurade ! Nʼayɛyie mfiri asase ano, mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa, mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa. Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so; ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom; ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi! Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so. Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie, te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim. “Mayɛ komm akyɛre, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no, meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so. Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no na mahye ɛso afifideɛ nyinaa. Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ, na mama atadeɛ awewe. Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so, akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom. Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennya wɔn mu. Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, mɛpam wɔn animguaseɛ mu.” “Tie, wo ɔsotifoɔ; hwɛ, wo onifirani na hunu! Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ, na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ? Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu? Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ? Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.” Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam. Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.” Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi? Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so. Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, akodie mu basabasayɛ. Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ. Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho. Na afei, sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea. Sɛ wofa nsuo mu a, mɛka wo ho; na sɛ wotwa nsubɔntene no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonante ogya no mu a, worenhye; ogyaframa no renhye wo. Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu. Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo enti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa. Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho; mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam. Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’ ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra na me mmammaa mfiri asase ano mmra, obiara a me din da no so, deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam, deɛ menwenee no na meyɛɛ no.” Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra. Aman no nyinaa boa wɔn ho ano na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem, sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.” “Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na Awurade seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma. Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn. Aane, na ɛfiri teteete no mene no. Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?” Sei na Awurade seɛ, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ, wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. Mene Awurade, wo Kronkronni no, Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.” Yei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu, ɛkwan a ɛda nsubunu mu, deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa, na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio; wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma: “Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no monntɔ nkɔ deɛ atwam no so. Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ! Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa? Merebɔ ɛkwan afa anweatam so na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so. Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam, adompo ne apatuo, ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam so ne nsuwansuwa wɔ asase wesee so de ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo, nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie. “Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob, wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel. Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso. Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo. Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so. “Me, me ara, mene deɛ ɔpepa mo bɔne, me enti, na menkae mo amumuyɛ bio. Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no. Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne; mo kasamafoɔ tee mʼanim atua. Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛeɛ, na mede Israel ama ahɔhora. “Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ, Israel, deɛ mapa no. Sei na Awurade seɛ, deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ, Yeshurun, a mapa noɔ. Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so, ne asutene wɔ asase kesee so; mɛhwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefoɔ so. Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho. Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’; ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob; bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘ Awurade dea,’ na wafa edin Israel. “Sei na Awurade Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ: Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me. Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ, ne deɛ ɛrebɛba, aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm. Mommma mo ho mpopo, monnsuro. Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa? Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa? Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.” Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee. Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara? Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase; adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn. Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ ɔde hyehyɛ egyasramma mu; ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ; ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ; ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha. Duadwumfoɔ de ahoma susu na ɔde twerɛdua sensane; na ɔde fitiɛ yiyi ho afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ. Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu. Ɔtwitwaa ntweneduro, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum. Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu, anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ. Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya; ɔde ebi ka ne ho hye, ɔde bi sɔ ogya to burodo. Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkoto no. Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; ɛso na ɔnoa nʼaduane, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ, Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye. Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi; ɔkoto no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ, “Gye me; wone me nyame.” Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase. Obiara nna nnwene ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ, “Mede ɛfa sɔɔ ogya; na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so; metotoo nam wɔ so weeɛ. Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa? Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?” Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan; ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ, “Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?” “Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob, ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ; Ao Israel, me werɛ remfiri wo. Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.” Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel. “Sei na Awurade seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu, deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm, deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’ deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We, na mɛma wo asutene awewe,’ deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ” “Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo, Kores a wasɔ ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto. Mɛdi wʼanim mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu na matwitwa dadeɛ adaban mu. Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ. Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ. Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio. Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa. “Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam; momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛseɛ, na nkwagyeɛ mpue mfiri mu, na tenenee ne no nnyini; Me, Awurade na mayɛ. “Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu. Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ, ‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ, ‘Wonni nsa’? Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ ‘Adɛn enti na wowoo me?’ Anaa ɔbisa ne maame sɛ, ‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’ “Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.” Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ” Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu. Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem. Na sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne Awurade, na obi nni hɔ. Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ. “Mommoaboa mo ho ano na mommra; monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so, mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini, mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ. Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me. “Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn. Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘ Awurade nko ara mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase. Nanso Awurade mu, wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem, na wɔahoahoa wɔn ho. Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu; mfunumu soa wɔn ahoni. Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ. Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase; wɔntumi nsi amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu. “Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo. Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo. “Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho? Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no. Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu. “Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ. Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa. Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ. Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ, mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware; Mede me tenenee repinkyɛ, ɛnni akyirikyiri; na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre. Mɛma Sion nkwagyeɛ, na mede mʼanimuonyam ama Israel. “Siane kɔ, tena mfuturo mu, Ɔbabaa bunu Babilonia; tena fam. Worentena ahennwa so bio, Ɔbabaa Babiloniafoɔ. Wɔremfrɛ wo bio sɛ, ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio. Fa owiyammoɔ na yam esiam; yi wo nkatanimu no. Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu. Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.” Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni. “Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa. Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru. Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’ Nanso woannwene saa nneɛma yi ho na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho. “Afei tie, wo odwamanfoɔ, woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafoɔ da na merenni abawuo.’ Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo prɛko pɛ, dakoro pɛ: abawuo ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi. Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’ Amanehunu bɛto wo, na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim. “Kɔ so yɛ wo ntafowayie ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no. Ebia wobɛdi nkonim, ebia wode ehu bɛba. Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no, ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu. Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato. Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no, yeinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase. Wɔn mu biara afa ne kwan; ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ. “Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefoɔ, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu; mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din. Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’ Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim. Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ; ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da. Enti morentumi nka sɛ, ‘Aane na menim dada!’ Wonteeɛ, na wontee aseɛ; ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi. Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ; wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu. Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so; mʼayɛyie enti meyi firii wo so, sɛdeɛ mentwa wo ntwene. Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.” “Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ. Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre. “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie: ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa no bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu; ne basa bɛtia Babiloniafoɔ. Me, me na makasa; aane, mafrɛ no. Mede no bɛba, na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so. “Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me. Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ. Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye. Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.” Momfiri Babilonia, monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn! Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ na mo mpae mu nka yei. Momfa nkɔ nsase ano; monka sɛ, “ Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.” Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no, ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu. “Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na Awurade seɛ. Montie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me. Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.” Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.” Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.” Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.” Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio. Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wɔbɛdidi wɔ akwan ho. Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so. Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho. Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn. Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.” Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ. Nanso, Sion kaa sɛ, “ Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.” “Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo! Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa. Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ. Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu. “Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri. Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’ Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ” Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so. Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.” Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam? Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa. Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã. Afei adasamma nyinaa bɛhunu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.” Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame. Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn. Mede esum fira ɔsoro na mema ayitoma yɛ ne nkataho.” Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ. Otumfoɔ Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatefoɔ; na mensanee mʼakyi. Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ. Mamfa mʼanim ansie wɔn fɛdie ne ntasuteɛ ho. Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ mʼanim rengu ase. Deɛ ɔbu me bem no abɛn. Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmmra na yɛnhyia mu! Hwan na ɔbɔ me soboɔ? Ma ɔnka nsi mʼanim! Asafo Awurade na ɔboa me. Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ; nnweweboaa bɛwe wɔn. Mo mu hwan na ɔsuro Awurade, na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so? Ma deɛ ɔnam esum mu, deɛ ɔnni hann no, ɔnnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so. Na afei, monhwɛ yie, mo a monante mo ankasa hann mu, mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye, Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu; mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu. “Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan; na mohwehwɛ Awurade; Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no; Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ. Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho; ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ, aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu. “Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no. Me tenenee reba ntɛm so, me nkwagyeɛ nam ɛkwan so, na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no. Nsupɔ no bɛhwehwɛ me na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa. Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie na asase bɛtete sɛ atadeɛ na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, me tenenee to rentwa da. “Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo. Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ; ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu. Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.” Nyane, nyane! Ao Awurade basa hyɛ ahoɔden aduradeɛ; nyane te sɛ nna a atwam no, te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no. Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no, na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no? Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, nsubunu mu nsuo no, deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa? Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire, anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so, awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera. “Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ. Hwan ne wo a wosuro ɔdasani, nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi. Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ, deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no? Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo? Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa? Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he? Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no; wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu, na aduane remmɔ wɔn. Na mene Awurade, wo Onyankopɔn deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so. Asafo Awurade, ne ne din. Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu, na mede me nsa ase nwunu akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ” Nyane, nyane! Sɔre, Ao, Yerusalem! Wo a wanom afiri Awurade nsam nʼabufuo kuruwa no, wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no. Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu. Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den? Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no. Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ: “Hwɛ, magye afiri wo nsa mu kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no, worennom bio. Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Butu fam na yɛnnante wo so.’ Na wode wʼakyi yɛɛ fam te sɛ abɔntene a wɔnante so.” Nyane, nyane, Ao Sion, hyɛ ahoɔden aduradeɛ no. Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapono mu bio. Poroporo wo ho mfuturo. Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu, Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum. Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.” Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. “Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi. Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Aane, ɛyɛ me.” Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.” Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu. Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem. Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Mommfiri ho na mo ho nte, mo a mokurakura Awurade nkuruwa. Monntutu mmirika mfiri ha anaa monnwane; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim, Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm. Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ. Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn. Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ. Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ. Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade abasa no, hwan so na ada adie? Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea. Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo; wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no. Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no. Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ, yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no; asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa. Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa. Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano. Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ. Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so; me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso. Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu, na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano. Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane. Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ. Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam. Ne kra amanehunu akyi, ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam; na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem, na wasoa wɔn amumuyɛ. Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu, na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo, na wɔkan no fraa mmaratofoɔ. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na ɔdi maa mmaratofoɔ. “To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da; ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ. “Trɛ wo ntomadan no mu; twe wo ntomadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehoma no so, bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie. Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum; wʼasefoɔ bɛgye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so. “Nsuro. Wʼanim rengu ase. Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio. Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn. Awurade bɛsane afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ. “Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba. Abufuo mmorosoɔ mu, mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi, nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti, mɛhunu wo mmɔbɔ,” deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie. “Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ meremma nsuyire nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio, na merenka wʼanim bio. Sɛ mmepɔ woso, na nkokoɔ tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,” sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ. “Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ, mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem. Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa. Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso. Wobɛtim wɔ tenenee mu: Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware; worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo. Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me; na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo. “Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ; akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu. Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ ne wɔn bembuo a ɛfiri me,” Awurade na ɔseɛ. “Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo no ho; na mo a monni sika, mommra mmɛtɔ na monni! Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo a monntua hwee. Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho? Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ, na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho. Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no. Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene. Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.” Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no. Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn. Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no. “Na mʼadwene nnyɛ mo adwene, na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene. Osuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam, na ɛnsane nkɔ hɔ bio gye sɛ afɔ asase ama afifideɛ ɛgu nhwiren, sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie. Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no. Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam. Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri, na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri. Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ, a ɛrentwam da.” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi. Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom, onipa a ɔkura mu denden: deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.” Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.” Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden, mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam. Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden; yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.” Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ: “Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.” Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa, mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa! Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ. Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie; wɔnnidi mmee da. Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ; wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan, obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ. “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã! Momma yɛnnom nsaden mmoro! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ, ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.” Ateneneefoɔ wu, na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu; wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ, na obiara nte aseɛ sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu. Wɔn a wɔnante tee no wɔhyɛne asomdwoeɛ mu; wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ. “Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima, mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma! Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa? Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu ne dua biara ase; mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu ne abotan mpaapaeɛ ase. Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa? Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ. Mo apono ne aponnwa akyi na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi. Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma, mokɔdaa so na motrɛɛ mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagya mu. Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhwam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri; mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa! Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ, nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’ Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ, enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ. “Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei a enti moanni me nokorɛ, na moankae me anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu? Mayɛ dinn akyɛre no enti na monnsuro me anaa? Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi, na ɛho remma mo mfasoɔ. Sɛ moteam pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no bɛdi asase no so na wafa me bepɔ kronkron no.” Na wɔbɛka sɛ: “Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no! Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.” Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no. Meremmɔ soboɔ afebɔɔ, na mebo remfu daa, sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ. Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ; metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani, nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ. Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ. Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ, na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano. Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.” Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru, ɛntumi nyɛ komm, nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi. “Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ.” Sei na me Onyankopɔn seɛ. “Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no. Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn. Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa. Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro. Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa? Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa? Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa? Yei na mofrɛ no abuadadie yi, ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa? “Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara. Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena. Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so. Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm. Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ, na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ. Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara; ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so na ɔbɛhyɛ mo onipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie, sɛ asuwa a emu nsuo nwe da. Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no, na wɔato fapem a akyɛre no; wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no, Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu. “Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da na modi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a, ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.” Awurade na aka. Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm. Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente. Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdie afɔre mo nsateaa. Mo ano akeka atorɔsɛm, mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro. Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne. Wɔhwane ananka nkosua na wɔnwono ananse ntontan. Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu, emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia. Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ; wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne, na wɔdi akakabensɛm. Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛre opira ne awudie ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa. Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim; atɛntenenee nni wɔn akwan so. Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi. Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ. Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware, na adetenenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum; deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu. Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ. Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri. Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu: atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade, yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn, nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ, atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka. Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi, na adetenenee akɔgyina baabi; nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so. Nokorɛdie ntumi mma mu. Nokorɛ nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ. Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani sɛ atɛntenenee nni hɔ. Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no. Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma. Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn. Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba. “Ɔgyefoɔ no bɛba Sion, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,” sei na Awurade seɛ. “Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ. “Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade animuonyam apue wo so. Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so. Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo. “Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so. Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn. Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie. Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam. “Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi? Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam. “Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ. Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim. Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa. “Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu, abɛsiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam. Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion. “Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ. Wobɛnom amanaman nufosuo no na woanum adehyeɛ nufoɔ. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no. Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dadeɛ anan mu. Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo, na dadeɛ asi aboɔ anan mu. Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado na tenenee ayɛ wo sodifoɔ. Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie. Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam. Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa. Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi. Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem, na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ. Mene Awurade; na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.” Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ, sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu, sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ, na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi. Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio, na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no. Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo; ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu. Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ. Amanaman no ahonya no na mobɛdi na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho. Wɔn animguaseɛ anan mu me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu; ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea. “Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee. Mekyiri korɔno ne nnebɔne. Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa. Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.” Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho. Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo nso ma aba nyini no, saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie apue wɔ amanaman anim. Sion enti, merenyɛ komm, Yerusalem enti, merenyɛ dinn, kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn. Amanaman no bɛhunu wo tenenee, na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforɔ a Awurade de bɛto wo. Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam, ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam. Wɔremfrɛ wo atugya bio, anaa wʼasase sɛ amanfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho, na ɔbɛware wʼasase. Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no, saa ara na wo mmammarima bɛware wo; sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no, saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho. Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa, na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo. Awurade de ne basa nifa aka ntam, ne basa a ɛyɛ den no sɛ, “Meremfa mo ayuo mma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio, na ananafoɔ rennom nsã foforɔ a moabrɛ ho no bio; wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adihɔ.” Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu! Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no. Mompae, mompae kwantempɔn no! Monyiyi so aboɔ no. Monsi frankaa mma amanaman no. Awurade abɔ no dawuro akɔsi nsase ano sɛ, “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ” Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio. Hwan ni yei a ɔfiri Edom reba, deɛ ɔfiri Bosra a nkekaeɛ kɔkɔɔ wɔ nʼatadeɛ mu yi? Hwan ne yei a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛseɛ retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a mekasa wɔ tenenee mu deɛ ɔtumi gye nkwa.” Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi? “Me nko ara atiatia nsakyiamena so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu; wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu, maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu. Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu na me gyeɛ afe no aba. Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me, na mʼabufuo wowaa me. Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu; memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu na mehwiee wɔn mogya guu fam.” Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm, ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie, wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fiefoɔ, wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti. Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ, mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”; ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa. Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane, na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn; ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn mfeɛ a atwam no nyinaa mu. Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn. Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no, Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ, ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ? Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no. Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ? Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so, deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim, de gyee edin maa ne ho afebɔɔ, deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a wɔasunti. Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no, saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ. Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie. Brɛ wʼani ase hwɛ fam firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so. Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ; nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya, ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ. Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni? Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ, mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti. Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so. Enti yɛyɛ wo dea firi tete nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da. Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a, ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim! Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre na ɛma nsuo huru no, siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim! Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim. Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no. Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa? Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa. Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe. Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ. Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan. Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu. Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa? “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me. Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’ Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi. Nnipa a daa no wɔyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so; Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ; wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa. “Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so, mo ne mo agyanom bɔne nti,” sei na Awurade seɛ. “Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no, ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa. Mede Yakob asefoɔ bɛba, na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ, na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena. Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me. “Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no, mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.” Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase. Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu. Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ. Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri. “Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso. Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ wɔ deɛ merebɛbɔ ho, ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae. Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio. “Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no. Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre. Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ. Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie. Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me? Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔde odwammaa ba no, saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ, deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho; enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.” Montie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ, ‘Monhyɛ Awurade animuonyam, na yɛahunu mo anigyeɛ!’ Nanso wɔn anim bɛgu ase. Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu, montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn. “Ansa na ɔbaa bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoɔyaa no, ɔwo ɔbabarima. Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn? Hwan na wahunu biribi sei pɛn? Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu? Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma. Mede obi bɛduru awokoɔ ano a memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesi awotwaa ano ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ. Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛ mo ho yie, mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa. Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ no amee; mobɛnom aboro so na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho. Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri. Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so. Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.” Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so. Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka. Ogya ne nʼakofena na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree. “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam. “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔ wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin wɔ agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam wɔ amanaman mu. Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba,” sei na Awurade seɛ. “Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu. Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Awurade, na ɔseɛ! “Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu.” Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako wɔ Benyamin asase so. Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu. Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum. Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo; ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn; meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.” Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.” Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie. Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu. Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.” Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.” Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.” Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so. Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me, sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ. “Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so. Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Awurade asɛm baa me so: “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte: “Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu, sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so, asase a wɔnnuaa so hwee. Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twaberɛ mu abukan; wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,” sɛdeɛ Awurade, seɛ nie. Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ, mo Israel mmusuakuo nyinaa. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ. Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ? Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so, anweatam ne amenamena asase a awo na ayɛ owubɔn no. Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’ Mede mo bɛduaa asase bereɛ so sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa. Nanso mobɛguu mʼasase ho fi na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ. Asɔfoɔ no ammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?’ Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me; ntuanofoɔ sɔre tiaa me. Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm, na wɔdii ahoni huhuo akyi. “Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,” deɛ Awurade seɛ nie. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu. Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ: Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo. Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie. “Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo. Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa? Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi? Agyata abobɔ mu; wɔapɔ no so. Wɔasɛe nʼasase; wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo. Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo tiri so nwi. Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi, wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan? Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo? Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso; wʼakyirisane bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hunu sɛ, sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ. “Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu, na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’ Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a adendan ase na wotena bɔɔ adwaman. Meduaa wo sɛ bobe amapa a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi? Sɛ wode soda ne samina bebree dware mpo a, wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie. “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi; mennii Baalnom akyi’? Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu; dwene deɛ woayɛ no ho. Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ a wotu mmirika kɔ ha ba ha, wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no, ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no? Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree; ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no. Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’ “Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’ Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. “Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ. “Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ. “Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’ Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan. Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ! Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan. Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu ahiafoɔ a wɔdi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu. Yeinom nyinaa akyi woka sɛ, ‘Medi bem; ne bo mfuu me.’ Nanso mɛbu wo atɛn ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’ Adɛn enti na wokyinkyini se, sesa wʼakwan? Misraim bɛdi wo hwammɔ sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no. Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ a wo nsa gu wo tiri so. Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo. “Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa? Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman, na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa? Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ, wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so. Woagu asase no ho fi wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ. Enti wɔatwe obosuo asan, na osutɔberɛ nsuo antɔ. Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee; wʼani nwu hwee. Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu, wobo bɛfu biribiara anaa? Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’ Sei na wokasa, nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.” Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ. Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ. Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra. Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman. Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ, ‘Me bo renfu afebɔɔ. Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan. Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘ Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso. Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio. Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so. “Mʼankasa mekaa sɛ, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a ɛyɛ, agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’ Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnane mo ho mfiri mʼakyi. Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no, saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn. “Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn. Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ. Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam na yɛn ahohora nkata yɛn so. Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn, yɛn ne yɛn agyanom; ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.” “Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel, sane bra me nkyɛn,” sei na Awurade seɛ. “Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani so na sɛ woammane bio, na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee mu woka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a afei mobɛyɛ nhyira ama aman no na ne mu na wɔbɛnya animuonyam.” Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem: “Monsiesie mo asase a wɔmfuntum da na monnnua wɔ nkasɛɛ mu. Montwitwa mo ho twetia mma Awurade montwitwa mo akoma twetia, mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya. Mo bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum.” “Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ, ‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’ Team denden sɛ: ‘Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’ Momma frankaa so na monkɔ Sion monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba, ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.” Gyata bi afiri ne tu mu; ɔbɔaman bi asi mu. Wafiri ne tenabea sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase. Wo nkuro bɛbubu na ada mpan. Enti fira ayitoma, di awerɛhoɔ na twa adwo, ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so. “Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu, asɔfoɔ no bo bɛtu, na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.” Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.” Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ; mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.” Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum, ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa, nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Yɛawu! Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa. Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn? Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan, ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so. “Monka yei nkyerɛ aman no, mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ, ‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba, wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn. Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo, ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ” sei na Awurade seɛ. “Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ na ɛde yei aba wo so. Yei yɛ wʼasotwe. Ɛyɛ nwono! Ɛwowɔ akoma!” Ao mʼahoyera, mʼahoyera! Mede ɔyea nukanuka me mu. Ao mʼakoma ɔyeadie! Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu, mentumi nyɛ komm. Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ; mate ɔko frɛ no. Amanehunu di amanehunu akyi; asase no nyinaa asɛe. Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ, ne me hintabea mpofirim. Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn? “Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; wɔnnim me. Wɔyɛ mma a wɔnni adwen; wɔnte hwee ase. Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa; na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.” Mehwɛeɛ asase no, na ɛnni bɔbea na hwee nni so; mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ. Mehwɛeɛ mmepɔ no, na wɔrewosowoso, na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ; ewiem anomaa biara atu kɔ. Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam na ne nkuro nyinaa asɛe wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. Sei na Awurade seɛ: “Wɔbɛsɛe asase no nyinaa, mmom merensɛe no korakora. Enti asase bɛdi awerɛhoɔ na ɔsorosoro bɛduru sum, ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan. Masi gyinaeɛ na mennane no.” Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛ ma kuro biara sofoɔ dwane. Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu ebinom foro kɔ abotan mu. Nkuro no nyinaa so ada mpan; na obiara nte so. Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ? Adɛn na wofira kɔben de sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho? Adɛn na wode nnuro keka wʼani? Wohyehyɛ wo ho kwa. Wʼadɔfoɔ bu wo animtia; wɔrepɛ wo akum wo. Mete osu bi te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, mete apinisie te sɛ ɔbaa a ɔrebɔne awoɔ, Ɔbabaa Sion su te sɛ deɛ nisupɔporɔ ahini no, ɔtrɛ ne nsa mu na ɔka sɛ, “Afei deɛ, meretɔ baha; wɔde me kra ama awudifoɔ.” “Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so, monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ, monhwehwɛ adwaberem nyinaa. Sɛ mohunu onipa baako mpo a ɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a, mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no. Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ nanso wɔda so ka ntam hunu.” Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara; wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ. Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ na wɔpoo ahunu. Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no; wɔyɛ nkwaseafoɔ nso, ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan, deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ. Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn akɔkasa akyerɛ wɔn; ampa ara wɔnim Awurade akwan deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.” Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu. Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so, pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu. Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete, ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den na wɔn akyirisane aboro so. “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa, nanso, wɔbɔɔ adwamam na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu. Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa? “Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea. Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ anni me nokorɛ koraa,” Awurade na ɔseɛ. Wɔadi atorɔ afa Awurade ho, wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da. Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.” Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ: “Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye. Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo, tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a monnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase. Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane, asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa; wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo, asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma. Wɔde akofena bɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no. “Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora. Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’ “Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ: Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene, mowɔ ani nso monhunu adeɛ, na mowɔ aso nso monte asɛm: Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa? Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo, ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra. Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so; ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra. Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ. Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ, ‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn, a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu, deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’ Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu; mo bɔne ama adepa abɔ mo. “Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie, na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa. Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma; wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi. Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra. Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ; wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem, na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa? “Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirie asi wɔ asase no so: Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ, asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi, na me nkurɔfoɔ no pɛ no saa ara. Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?” “Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu. Mɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no. Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.” “Monsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ! Nanso, hwɛ, onwunu redwo, na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten. Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Montwitwa nnua no ngu fam na monsisi epie ntia Yerusalem. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛsoɔ ahyɛ no ma. Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa. Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.” Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho. Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma, na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so ne mmaranteɛ a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn. Sɛ metene me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ, na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’ wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; wɔbɛhwehwe ase,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’ Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn. Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara. Nnuhwam a ɛfiri Seba anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu; wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.” Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie: “Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim. Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so; ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Monhwɛ, akodɔm bi reba, wɔfiri atifi fam asase so; wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi afiri nsase ano. Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.” Yɛate wɔn ho nsɛm, na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu. Ehu akyekyere yɛn ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. Mfiri adi nkɔ wiram na nnante akwan no so, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena, na baabiara ayɛ hu. Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma na mommunimuni nsõ mu. Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ, ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn so. “Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben, a wobɛhwɛ wɔn na woasɔ wɔn akwan ahwɛ. Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den, wɔnenam di nsekuro. Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ; wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so. Afa no bɔ mframa denden de ogya nane sumpii no, nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa. Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu. Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.” Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: “Gyina Awurade asɔredan no ɛpono ano, na ka saa asɛm yi: “ ‘Montie Awurade asɛm, mo nnipa a mo wɔ Yuda nyinaa a mofa apono yi ano kɔsom Awurade. Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: Monsesa mo akwan ne mo nneyɛɛ, na mɛma mo atena ha. Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka sɛ, “Yei ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” Sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛɛ nokorɛm, na mone mo ho mo ho di no tenenee mu, sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa anaa okunafoɔ so, na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforɔ akyi ankɔ mo ara ɔsɛeɛ mu a, ɛnneɛ mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no. Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a ɛho nni mfasoɔ so. “ ‘Mobɛbɔ korɔno na moadi awu, mobɛbɔ adwaman na moadi adansekurumu, mobɛhye nnuhwam ama Baal na moadi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi, na afei, moaba abɛgyina mʼanim wɔ efie a medin da so na moaka sɛ, “Yɛnni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa a na monni ɔhaw anaa? Na efie a medin da soɔ yi, abɛyɛ adwotwafoɔ tu ama mo anaa? Nanso megu so rehyɛ! Awurade na ɔseɛ. “ ‘Na afei monkɔ Silo, beaeɛ bi a, medii ɛkan bɔɔ atenaeɛ de me Din too so, na monhwɛ deɛ meyɛɛ no ɛsiane me nkurɔfoɔ Israelfoɔ amumuyɛ enti. Ɛberɛ a moreyɛ yeinom nyinaa, Awurade na ɔseɛ, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. Ɛno enti, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ efie a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, beaeɛ a mede maa mo ne mo agyanom. Mɛpam mo afiri mʼanim sɛdeɛ meyɛɛ mo nuanom Efraimfoɔ no.’ “Enti mommmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, monnsrɛ na monni mma wɔn nso; monnsrɛ me ɛfiri sɛ merentie mo. Monhunu deɛ wɔreyɛ wɔ Yuda nkuro no mu ne Yerusalem mmɔntene so anaa? Mmɔfra boaboa anyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmaa fɔtɔ asikyiresiam de to burodo ma Ɔsoro Hemmaa. Na wɔgu nsã ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo. Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuo anaa? Awurade na ɔseɛ. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔreha wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwuo anaa? “Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Wɔbɛhwie mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ agu beaeɛ yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuo so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛre a ɛrennum. “ ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monkɔ so, momfa mo ɔhyeɛ afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe ɛnam no! Na ɛberɛ a meyii mo agyanom firii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ ɔsetie mma me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ. Monnante akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yie. Nanso, wɔantie na wɔannyɛ aso; mmom, wɔfiri wɔn akoma bɔne mu yɛɛ asobrakyeɛ. Wɔsane wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. Ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom firii Misraim de bɛsi ɛnnɛ yi, da biara da ne ɛberɛ biara mesomaa me nkoa adiyifoɔ baa mo nkyɛn. Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom deɛ so.’ “Sɛ moka yeinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. Ɛno enti monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne ɔman a ɔnyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade, ne Onyankopɔn, na ɔmfaa ntenesoɔ. Nokorɛ asa, na afiri wɔn ano. Monyi mo tirinwi na monto ngu, montwa agyaadwoɔ wɔ nkokoɔ no so, ɛfiri sɛ Awurade apo, na wagyae saa awoɔ ntoatoasoɔ yi a wɔwɔ na abufuhyeɛ no ase akyi di. “ ‘Yudafoɔ ayɛ bɔne mʼani so, sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwadeɛ asisi efie a me Din da so de agu ho fi. Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu ɛhɔ na wɔhye wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. Adeɛ a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso. Ɛno enti, monhwɛ yie na nna no reba, Awurade na ɔseɛ, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bɔnhwa, ɛfiri sɛ wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma. Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn. Mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne a ɛwɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, bɛba awieeɛ ɛfiri sɛ asase no bɛda mpan.’ ” “ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’ “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho? Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi? Wɔkura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi. Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm. Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no, na aturukuku, asomfena ne anyankuku hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfoɔ nnim deɛ Awurade hwehwɛ. “ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu? Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ” Adɛn enti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ! Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no. Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ nanso biribi pa biara amfiri mu amma, yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn. Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa. “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu, nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” deɛ Awurade seɛ nie. Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ, mʼakoma aboto wɔ me mu. Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ a ɛfiri akyirikyiri asase so: “ Awurade nni Sion anaa? Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo, wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?” “Otwa berɛ no atwam, ahuhuro berɛ no aba awieeɛ, na wɔnnyee yɛn nkwa.” Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me; medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me. Aduro bi nni Gilead anaa? Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa? Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfoɔ apirakuro? Ao, sɛ me etiri yɛ asutire, na mʼaniwa yɛ nisuo abura a, anka mɛsu awia ne anadwo ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no. Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ wɔ anweatam no so a, anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ na mafiri wɔn nkyɛn; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nnipa kuo a wɔnni nokorɛ. “Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atorɔ; Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam di yie wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wɔnnye me nto mu,” Awurade na ɔseɛ. “Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho; monnnye mo nuammarima mpo nni. Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ, na adamfo biara yɛ osekuni. Adamfo daadaa adamfo, na wɔn mu biara nka nokorɛ. Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu, na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho. Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ, “Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ ɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti? Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so awere anaa?” Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no, mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwie su wɔ hɔ. Ewiem nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso adwane kɔ. “Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie, sakraman atuo; na mɛma Yuda nkuro ada mpan sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.” Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ? Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so. Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra. Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.” Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie: “Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no, frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara. Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo na nisuo adware yɛn. Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ” Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm; monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom. Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo; monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ. Owuo aforo afa yɛn mpomma mu ahyɛne yɛn aban mu; apamo mmɔfra afiri mmɔntene so ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem. Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ, “ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ te sɛ sumina a ɛgugu petee mu, te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi a obiara mmoaboaa ano.’ ” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho. Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.” Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monnsua amanaman no akwan na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu. Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee; wɔtwa dua firi kwaeɛm, na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene. Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ sɛdeɛ ɛrenhwe fam. Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn ɛfiri sɛ wɔntumi nnante. Monnsuro wɔn; wɔrentumi nha mo na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.” Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade; woyɛ kɛseɛ na wo din wɔ tumi. Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ. Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma. Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano. “Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ” Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu. Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma. Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ, a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din. Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so, mo a motete nkuro a wɔatua mu. Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a wɔtete asase yi so atwene; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.” Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.” Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo. Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo. Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu, mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso anyɛ saa a, mɛwu. Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman a wɔnnye wo ntom no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so. Asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: “Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem. Ka kyerɛ wɔn sɛ, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so, deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.’ Mekaa sɛ, ‘Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom sɛ, mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no aba mu,’ asase mote so ɛnnɛ yi.” Mebuaa sɛ, “Amen, Awurade.” Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so. Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.” Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’ ” Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam. Wɔasane kɔ wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so. Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom sɛ, wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so. Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’ “Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so. “Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no? Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa? Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a na wʼani agye.” Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm a ɛso aba a ɛyɛ fɛ. Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ bɛto mu ogya, na ne mman bɛbubu. Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal. Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me. Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so, sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.” Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee na wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ. Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,” Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa. Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔ wɔn asotwe afe mu.” Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a mehunu sɛ wobu atɛntenenee. Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho: Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie? Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn? Woadua wɔn, na wɔagye nhini; wɔnyinyini na wɔso aba. Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara nanso wɔn akoma mmɛn wo. Nanso, wonim me, Ao Awurade; wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn! Yi wɔn si nkyɛn ma okum da! Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn? Prama so ɛserɛ no mpo adwan. Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka sɛ, “Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.” “Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu? Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteam denden tia wo. Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a, mfa wo ho nto wɔn so. “Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa. Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛm. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno enti metane no. Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa, nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no. Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn. Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuo so; wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no ayɛ no asase wesee a ada mpan. Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim; asase no nyinaa bɛda mpan ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ. Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no, asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree, Awurade akofena bɛkunkum wɔn afiri asase ano de akɔsi ano nohoa; obiara remfa ne ho nni. Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ; wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee. Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so. Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu. Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ. Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ meɛ, “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ bɔ wʼasene, nanso mma no nka nsuo.” Enti, metɔɔ abɔsoɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no, na mede bɔɔ mʼasene mu. Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ, “Fa abɔsoɔ a, wotɔeɛ a ɛbɔ wʼasene mu no, kɔ Eufrate ho seisei ara na fa kɔsie abotan tokuro no bi mu.” Enti, mede kɔsiee Eufrate ho, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ me no. Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔsoɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no.” Enti, mekɔɔ Eufrate ho kɔtuu abɔsoɔ no firii beaeɛ a, na mede asie hɔ no, nanso, na asu atete a ɛho nni mfasoɔ biara. Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan kyɛneɛ no. Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara! Sɛdeɛ abɔsoɔ kyekyere onipa asene mu no saa ara na mede Israel efie ne Yudafie nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfoɔ a wɔbɛma me din so, aka mʼayɛyie na wɔahyɛ me animuonyam, nanso wɔntiee me,’ deɛ Awurade seɛ nie. “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie, Wɔmfa nsã nhyɛ nsã kotokuo biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsã hyɛ nsã kotokuo biara ma a,’ afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Mede nsãborɔ bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho. Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ” Montie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ, Awurade akasa. Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam ansa na wama esum aduru, ansa na mo nan asuntisunti wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdane no esum kusuu na wɔasesa ayɛ no esum kabisii. Nanso sɛ moantie a, mɛsu wɔ kɔkoam ɛsiane mo ahantan nti; mʼani bɛtetɛ nisuo, na nisuo adware me, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu. Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ, “Momfiri mo ahennwa so nsi fam, na mo animuonyam ahenkyɛ bɛfiri mo tiri so.” Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apono mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛbuebue. Wɔbɛsoa Yudafoɔ akɔ sɛ atukɔfoɔ, wɔbɛtwa wɔn asuo koraa. Mo mpagya mo ani nhwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no. Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no, nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he? Sɛ Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a ɛdeɛn na mobɛka? Na ɛrenyɛ mo yea sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa? Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ, “Adɛn enti na yei aba me so” a na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no. Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu ayɛ wo onipadua basaa no. Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo. “Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a anweatam so mframa rebɔ no. Yei ne deɛ mobɛnya, mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,” Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me na mo de mo ho ato anyame huhuo so. Mɛpagya mo fam ntadeɛ abua mo anim na wɔahunu mo ahohora. Mahunu mo awaresɛeɛ ne mo akɔnnɔ bɔne ne mo adwamammɔ a momfɛre ho! Mahunu mo akyiwadeɛ nneyɛeɛ wɔ nkokoɔ ne ɛserɛ so. Due Ao Yerusalem! Mmerɛ bɛn na wo ho bɛte?” Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho: “Yuda di awerɛhoɔ ne nkuropɔn hunu amane. Wɔbɔ asase no ho abubuo, na wɔsu wɔ Yerusalem. Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo; wɔkɔhwɛ ankorɛ mu nanso wɔnnya nsuo. Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu; wɔkatakata wɔn tiri so wɔ abotuo ne abasamutuo mu. Asase no apaapae ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so; akuafoɔ no bo atu na wɔkata wɔn tiri so. Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so gya ne ba a wawo no foforɔ ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ. Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.” Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo. Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ? Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu! Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.” Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu. Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so. “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ. Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’ ” Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ. Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo. Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so. Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa? Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete? Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ. Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ! Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom; wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano; wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’ “Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti. “Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ? Woapo me,” Awurade na ɔseɛ. “Wogu akyirisane so ara. Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio. Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan. Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea. Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom; mpofirim mede ɔyea ne ehu bɛba wɔn so. Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ. Ao, me maame a wowoo me, anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ. Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ! Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea, nanso obiara dome me. Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu. “Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere? “Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, ɛsiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo ɔman no mu enti. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ ɔman a monnim soɔ so, mʼabufuo bɛma ogya adɛre na ɛbɛhye mo.” Wote aseɛ, Ao Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere. Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu; hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora. Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn. Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu. Me ne wɔn annye wɔn ani; metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so na wʼabofuo hyɛɛ me ma. Adɛn enti na me yea to ntwa da na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asutire a ɛweɛ anaa? Enti sei na Awurade seɛ, “Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio na wasom me; sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a, wobɛyɛ me kasamafoɔ. Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn, na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn. Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi, banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato; wɔ ne wo bɛdi asie nanso wɔrenni wɔ so nkonim, ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ɔseɛ. “Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.” Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo ware na wowo mmammarima anaa mmammaa wɔ ha.” Yei ne deɛ Awurade ka fa mmammarima ne mmammaa a wɔwo wɔn asase yi so mmaa a wɔyɛ wɔn maamenom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho: “Owuyareɛ bɛkunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Wɔbɛtotɔ akofena ano na ɛkɔm bɛkunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.” “Nhyɛne efie a ayie yɛ apontoɔ wo mu; nkɔsu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, ɛfiri sɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔborɔ afiri saa nnipa yi so,” Awurade na ɔseɛ. “Atitire ne mpapahwekwaa bɛwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn, na wɔrensu wɔn, na obiara remmɔ ne ho akam, na wɔn enti, obiara renyi ne ti mfa nkae wɔn. Obiara remma wɔn a wɔdi awufoɔ no ho awerɛhoɔ no aduane mfa nkyekye wɔn werɛ, owufoɔ no agya anaa ne maame mpo, na obiara mma wɔn nsã nso mfa nkyekye wɔn werɛ. “Na nhyɛne efie a apontoɔ kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. Na yei ne deɛ Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn no seɛ: Wo nkwanna mu a, wʼani tua no, mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere ahosɛpɛ nne a ɛwɔ ha no, bɛba awieeɛ. “Sɛ woka yeinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade abɔ mmɔm a ɛyɛ hu sei atia yɛn? Ɛdeɛn mfomsoɔ na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Onyankopɔn’ a, ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛfiri sɛ mo agyanom gyaa me hɔ kɔdii anyame foforɔ akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm nie. Wogyaa me na wɔanni me mmara so. Na mo deɛ, moayɛ amumuyɛsɛm asene mo agyanom. Monhwɛ sɛdeɛ mo mu biara di nʼakoma bɔne asoɔden akyi wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsetie ma me. Ɛno enti, mɛtu mo afiri saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaa sɛ mo agyanom nnim so, na ɛhɔ mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo, na merenhunu mo mmɔbɔ.’ “Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Ɛfiri sɛ mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so. “Na seesei, mɛsoma apofofoɔ bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ɔseɛ. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfoɔ bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ wɔ mʼani so. Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri sɛ wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi.” Ao Awurade, mʼahoɔden ne mʼaban, mʼahohia mu dwanekɔbea, wo nkyɛn na amanaman no bɛba wɔbɛfiri nsase ano aka sɛ, “Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuo, ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn. Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame anaa? Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!” “Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn, saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔn me tumi ne mʼahoɔden. Afei wɔbɛhunu sɛ me din ne Awurade. “Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne, dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ, wɔ wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so. Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn ne nkokoɔ atentene no so. Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti. Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.” Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho. Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu, ɔbɛtena anweatam a awoɔ so, ne nkyene asase a obi nte soɔ so. “Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu. Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho na ne nhini tene kɔ nsuo no mu. Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro; ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa. Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu na ɛkɔ so so aba daa.” Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase? “Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.” Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi. Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom. Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire. Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na mɛnya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo. Wɔbisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu seesei!” Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ; wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da. Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim. Nhunahuna me; wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da. Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase, na yi me firi ahohora mu. Ma wɔn mmɔ hu, nanso mma me bo ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn. Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu. Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu. Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no. Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ. Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie. Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.” Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. “Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so. Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no. Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ. Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio. Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ, na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho. “Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ” Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie, “Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ, hwan na wate biribi sɛi pɛn? Ɔbaabunu Israel ayɛ adeɛ bi a ɛyɛ hu yie. Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa? Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri gyae sene anaa? Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me. Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo, a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so ne tete atempɔn so. Wɔma wɔfa akwan nkyɛn ne akwan a wɔmmɔeɛ so. Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa; wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn na wɔbɛwosowoso wɔn ti. Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no. Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim, wɔ wɔn amanehunu da no.” Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.” Yɛ aso ma me, Ao, Awurade; tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka! Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa? Nanso wɔatu amena ama me. Kae sɛ megyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so. Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma; yi wɔn ma akofena. Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ; ma wɔnkunkum wɔn mmarima na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu. Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim, ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me, na wɔasumsum me nan mfidie. Nanso wonim Ao, Awurade, ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me. Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn, na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so. Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim; na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Kɔ na kɔtɔ dɔteɛ kuruwa firi ɔnwomfoɔ nkyɛn. Fa nnipa no mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi ka wo ho na firi adi kɔ Ben Hinom Bɔnhwa a ɛbɛn Pɔthɛd Ɛpono ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no, sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ: Montie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yɔnn. Ɛfiri sɛ, wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma. Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima sɛ afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa. “ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ akofena ano wɔ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduane. Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw. Mɛma wɔawe wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛfiri ahohia a atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no tua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’ “Afei, bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ wɔabɔ ɔnwomfoɔ kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma. Sei ara na mɛyɛ saa beaeɛ yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ɔseɛ. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet. Afie a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfie ho bɛgu fi te sɛ Tofet ha. Afie a, wɔhyee nnuhwam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na wɔguu nsã maa anyame foforɔ.’ ” Afei Yeremia sane firii Tofet, baabi a Awurade somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm hɔ no baeɛ, na ɔbɛgyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’ ” Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ. Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn. Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia. Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ” Ao, Awurade, woadaadaa me; na mapene so ama woadaadaa. Wɔtwee me da mu nyinaa; na obiara sere me. Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa. Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu. Mede ahyɛ me mu abrɛ nokorɛm, merentumi. Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.” Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da. Ao, Asafo Awurade ! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo. Monto dwom mma Awurade ! Monyi Awurade ayɛ! Ɔgye ohiani nkwa firi amumuyɛfoɔ nsam. Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare ɛda a me maame woo me. Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ, deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!” Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no. Ma ɔnte osu anɔpa, ne ɔko owigyinaeɛ. Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu amma me maame anyɛ damena amma me. Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi? Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.” Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu. Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn. Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’ “Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim. Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’ “Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no. Me ne mo anya, Yerusalem Mo a mote bɔnhwa yi atifi abotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ, mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn? Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?” Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ” Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi: ‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu. Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha. Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ” Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu. Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu. “Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ” Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ; mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio. Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio. Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.” “Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie, na ɔde nsisie si nʼabansoro. Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa, na ɔntua wɔn apaadie so ka. Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu. “Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie. Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.” Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’ Wɔbɛsie no sɛ afunumu. Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene Yerusalem apono akyi.” “Monkɔ Lebanon nkɔ su, momma wɔnte mo nne wɔ Basan; monsu mfiri Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa. Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me. Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti. Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. “Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.” Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ, adeɛ a obiara mpɛ anaa? Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akɔgu asase a wɔnnim soɔ so? Ao, asase, asase, asase! Tie Awurade asɛm! Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ, na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.” “Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade na ɔseɛ. Ɛno enti yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade seɛ nie. “Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ. Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ɔseɛ. “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid, ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so. Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu. Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no: Awurade Yɛn Tenenee. Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” Ɛfa adiyifoɔ no ho no: Mʼakoma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa woso. Mete sɛ ɔsabofoɔ, mete sɛ obi a nsã aboro noɔ, ɛsiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no enti. Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; nnome no enti asase no awo wesee adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye. Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro; wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ɔseɛ. “Samaria adiyifoɔ mu no mehunuu saa atantanneɛ yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan. Na Yerusalem adiyifoɔ mu no mahunu adeɛ a ɛyɛ hu: Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.” Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho: “Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti, abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.” Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom. Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ, ‘ Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’ Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’ Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm? Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam. Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie. Mansoma saa adiyifoɔ yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini; manto wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm. Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho. “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso? Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’ Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no. Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade na ɔseɛ. “Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa? “Ɛno nti,” Awurade na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no. Aane,” Awurade asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘ Awurade na ɔseɛ.’ Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ɔseɛ. “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ɔseɛ.’ Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘ Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso. Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘ Awurade mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘ Awurade adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu. Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade adiyisɛm’ nanso sei na Awurade ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio. Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so. Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.” Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfoɔ, nʼadwumfoɔ ne nʼatomfoɔ a wɔwɔ Yuda firii Yerusalem kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim. Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ deɛ ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo. Na Awurade bisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Yeremia?” Mebuaa sɛ, “Borɔdɔma, deɛ ɛyɛ pa ara, ne deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.” Ɛna Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda, wɔn a metwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia asase so no. Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiedie, na mɛsane de wɔn aba ha bio. Mɛsiesie wɔn na merensɛe wɔn. Mɛdua wɔn, na merentu wɔn ase. Mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhunu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn. “ ‘Nanso te sɛ borɔdɔma a ɛnyɛ no, deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo no,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne Yerusalem nkaeɛfoɔ, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ne mfomsodeɛ ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahɔhora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ asredeɛ ne mmusuo baabiara a mɛpam wɔn akɔ. Mɛsoma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm akɔ wɔn so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom.’ ” Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan. Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ, Mfeɛ aduonu mmiɛnsa nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ. Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn. Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.” “Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.” Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti, mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ. Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu. Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson. “Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.” Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.” Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ: Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi, Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod); Edom, Moab ne Amon; Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no; Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no; Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no. Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi. “Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’ Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom! Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’ “Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, “ ‘ Awurade bɛfiri soro abobom; ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu denden atia nʼasase. Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so, ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so. Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman; ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ” Awurade na ɔseɛ. Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so; ahum kɛseɛ bi rema ne ho so afiri nsase ano.” Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den. Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane. Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea. Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti. Na wɔn asase bɛda mpan te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena ne Awurade abufuhyeɛ no enti. Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ: “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu. Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn), ɛnneɛ, mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnomedeɛ wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ” Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade efie hɔ. Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo wu! Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ. Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie hɔ foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano. Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!” Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim sɛ, “ Awurade somaa me sɛ, memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa. Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so. Nanso monkae sɛ, sɛ mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom.” Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu.” Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ, “Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ: “ ‘Wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo. Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.’ Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kumm no anaa? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ ɔbɛyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfiri wɔn so anaa? Yɛreyɛ de amanehunu kɛseɛ aba yɛn ankasa so!” (Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no. Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim. Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.) Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no. Yudahene Yosia babarima Sedekia adedie ahyɛaseɛ no, asɛm yi firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ, Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu. Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ: Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani. Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase. Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nanabarima kɔsi sɛ ne berɛ bɛtwam; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛseɛ bɛdi ne so. “ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ. Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.” Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’ ” Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ. ‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ” Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo. Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ? Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho: ‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’ ” Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no. Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio. Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’ ” Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim. Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu. Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ: Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ. Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.” Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu, na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’ ” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ. Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu. Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’ ” Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu. Ɛno enti, sɛ Awurade seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’ ” Ɔbosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ. Yei ne krataa mu nsɛm a odiyifoɔ Yeremia twerɛ firii Yerusalem kɔmaa nnommumfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn nnommum afiri Yerusalem akɔ Babilonia. (Yei yɛ ɛberɛ a ɔhene Yehoiakin ne ɔhemmaa no, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, adwumfoɔ ahodoɔ nyinaa afiri Yerusalem akɔ nnommumfa mu no akyi.) Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum firi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa: “Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba. Monwareware, na monwowo mmammarima ne mmammaa. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmammarima na momfa mo mmammaa nso mma awadeɛ, na wɔn nso nwowo mmammarima ne mmammaa. Monnɔre wɔ hɔ na mo so ante. Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wɔtuu mo kɔtenaa so no asomdwoeɛ ne yiedie. Mommɔ Awurade mpaeɛ mma no, ɛfiri sɛ ne yiedie mu na mo nso mobɛdi yie.” Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mommma adiyifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Monntie wɔn adaeɛ a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. Wɔhyɛ nkɔntorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ɔseɛ. Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ mosom Babilonia mfeɛ aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔseɛ, “Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa. Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo. Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea. Mobɛhunu me,” Awurade na ɔseɛ, “na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio.” Mobɛka sɛ, “ Awurade ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilonia,” nanso, sei na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfoɔ a wɔne mo ankɔ nnommumfa mu no, aane, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Mɛma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛeɛ enti wɔntumi nni. Mede akofena, ɛkɔm ne yaredɔm bɛti wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanneɛ ama ahennie a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne animtiabudeɛ wɔ amanaman a mepamoo wɔn kɔɔ so no mu. Ɛfiri sɛ, wɔantie me nsɛm,” sei na Awurade seɛ, “nsɛm a mede somaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommumfoɔ nso antie,” Awurade na ɔseɛ. Afei montie Awurade asɛm, mo nnommumfoɔ a mama mo afiri Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo nkɔmtorɔ no ho nie: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. Esiane wɔn enti, Yuda nnommumfoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘ Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyee wɔn wɔ ogya mu no.’ Na wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe awadeɛ, na wɔde me din adi atorɔ a mennka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Menim na medi ho adanseɛ,” Awurade na ɔseɛ. Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ, ‘ Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ. Afei adɛn enti na wontwi Yeremia a ɔfiri Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ wɔ mo mu no anim? Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno enti monsisi afie mfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni emu aba.’ ” Ɔsɔfoɔ Sefania kenkanee krataa no kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia. Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Fa saa nkra yi kɔma nnommumfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atorɔ adi enti, deɛ Awurade seɛ nie: Nokorɛm, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefoɔ aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu, na ɔrenhunu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ waka atuateɛ nsɛm atia me,’ ” Awurade na ɔseɛ. Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie: “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.” Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: “Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ. Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa? Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu. “ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio. Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn. “ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio. Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no, nanso merensɛe mo korakora. Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’ “Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ, na ɛnni asaeɛ. Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa. Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso. Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ. “ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so. Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’ “Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie. Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodoɔ no so rente; mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa. Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso. Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako; na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama sɛ ɔbɛbɛn me?’ Awurade na ɔseɛ. ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ” Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam. Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte yei ase. “Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no bɛnya adom wɔ anweatam so; mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.” Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔeɛ atwe mo. Mede wo bɛsi hɔ bio na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu. Wobɛfa wʼakasaeɛ bio na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa. Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba. Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ, ‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ” Deɛ Awurade seɛ nie: “Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob; Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ. Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ, ‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ, Israel nkaeɛfoɔ no.’ Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba. Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie. “Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’ Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam. Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a ɛfiri Awurade hɔ mu, atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo, nnwammaa ne anantwie. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie, na wɔrenni awerɛhoɔ bio. Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu. Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba. Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so. “Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn. Memaneeɛ akyi no, menyaa adwensakyera; na akyire a menyaa nteaseɛ no, mede awerɛhoɔ boroo me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’ Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ. “Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho; monsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso ɛkwan a monam so ba. Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel, sane bra wo nkuro so. Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn, Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.” Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘ Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’ Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam. Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.” Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie. “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie. Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ, “ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka, na mma se afem.’ Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem. “Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a me ne Israel efie ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ. Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa, dii wɔn anim firii Misraim no. Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so, wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” Awurade na ɔseɛ. “Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ. Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.” Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din. “Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ. “Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono. Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa. Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.” Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie. Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no sɛ adɛn enti na wohyɛ nkɔm sɛ, “Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no. Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’ ” Yeremia kaa sɛ, “ Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’ “Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’ “Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.” Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim. “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ, ‘Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie. Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’ “Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ yɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ. Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ. Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim. Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so. Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so. “Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no. Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’ ” Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa? Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo. “Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, Awurade na ɔseɛ. Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so. Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. “Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so. “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’ Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.” Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: “Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛeɛ ma ɛtimiiɛ, Awurade ne ne din: ‘Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim. Na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka: Moabubu afie a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfie ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mmubuiɛ de agyina afasuo no atia mo atamfoɔ ntuano epie ne akofena. Moayɛ mo adwen sɛ mo ne Babiloniafoɔ bɛko, nanso mede mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ bɛkunkum mo, na mo afunu bɛyɛ hɔ ma. Mɛyi mʼani afiri saa kuropɔn yi so ɛsiane nʼamumuyɛ nyinaa enti. “ ‘Nanso, mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfoɔ yadeɛ na mama wɔn anya asomdwoeɛ ne banbɔ a ɛdɔɔso. Mɛsane de Yuda ne Israel afiri nnommumfa mu aba na masane agye wɔn asi hɔ sɛ dea na wɔte dada no. Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuateɛ ho bɔne nso akyɛ wɔn. Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’ “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Woka fa saa beaeɛ yi ho sɛ, “Ada mpan, a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso, Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, ɛhɔ na wɔbɛsane ate bio ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ, “ ‘Momfa aseda mma Asafo Awurade, ɛfiri sɛ Awurade yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ. “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome. Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka. “ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu. “ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase; ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so. Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu. Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Tenenee.’ Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da, saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ” Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛtumi abu me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam so, na adekyeɛ ne adesaeɛ amma wɔn ɛberɛ a wɔahyehyɛ no a, ɛnneɛ na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wobɛtumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahennwa so adi ɔhene bio. Mɛma mʼakoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔre te sɛ ɔsoro nsoromma a wɔntumi nkane ne mpoano anwea a wɔntumi nsusuo.’ ” Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘ Awurade apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Sɛ mantintim me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefoɔ, na merennyi ne mmammarima mu baako sɛ ɔnni Abraham, Isak ne Yakob asefoɔ so. Na mede wɔn ahonyadeɛ bɛsane ama wɔn, na manya ayamhyehyeɛ ama wɔn.’ ” Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ, “Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ. Worennwane mfiri ne nsam na nokorɛm wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wo de wʼani bɛhunu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia. “ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ Awurade ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano; na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’ ” Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ. Asɛm no firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi. Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn. Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio. Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ, ‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu. Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio. “Afei, deɛ Awurade seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, Awurade na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa. Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no. Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no, mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa. “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa. Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.” Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ɛberɛ a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di adeɛ no: “Kɔ Rekabfoɔ abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade efie no mpia baako mu, na ma wɔn nsã nnom.” Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no. Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so. Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.” Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã, ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã. Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’ Yɛatie biribiara a yɛn nana Rekab babarima Yonadab hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmammarima ne mmammaa nnom nsã da na yɛnsisii afie ntenaa mu anaa yɛnnyaa bobe nturo anaa mfuo anaa nnɔbaeɛ. Yɛatenatena ntomadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nana Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ. Nanso, ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yɛdwane firi Babiloniafoɔ ne Aramfoɔ akodɔm anim.’ Ɛno enti yɛaka Yerusalem.” Afei, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm anaa?’ Awurade na ɔseɛ. ‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmammarima sɛ wɔnnom nsã, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔnnom nsã, ɛfiri sɛ wɔdi wɔn agyanom ahyɛdeɛ so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso montiee me. Mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sesa firi nʼamumuyɛ akwan ho, na moma mo akwan tene; monni anyame foforɔ akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mommuaa me na monntiee me. Rekab babarima Yehonadab asefoɔ adi ahyɛdeɛ a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’ “Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ” Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’ ” Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ, “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so. Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.” Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu. Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no. Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no. Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu. Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no, ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ. Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi, adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?” Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.” Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.” Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa. Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim. Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ. Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso. Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na Awurade de wɔn asie. Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu. Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?” Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu. Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’ ” Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho. Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; ɔsii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu. Ɔno, nʼasomfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no. Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia sɛ, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.” Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem. Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so. Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’ “Sɛ Awurade seɛ nie: Monnnaadaa mo ho nnwene sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ! Sɛ modi Babiloniafoɔ akodɔm a wɔato ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafoɔ wɔ wɔn ntomadan mu mpo a, wɔbɛfiri adi abɛhye kuropɔn yi dworobɛɛ.” Babilonia akodɔm firii Yerusalem, ɛsiane Farao akodɔm no enti akyi no, Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefiri kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam akɔgye nʼagyapadeɛ mu kyɛfa wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu. Nanso, ɔkɔduruu Benyamin Ɛpono ano no, awɛmfoɔ no so panin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nana kyeree no kaa sɛ, “Woredwane agya yɛn akɔ Babiloniafoɔ afa!” Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ. Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no. Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ. Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?” Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.” Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.” Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ. Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ ” Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.” Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.” Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu. Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono hɔ no, Ebed-Melek firii ahemfie hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no wɔ ɛberɛ a burodo asa wɔ kuropɔn yi mu.” Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek sɛ, “Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu.” Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa, Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ. Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa Awurade asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.” Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Sɛ mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo sɛ metu wo fo a, worentie me.” Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wo no nsa.” Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu. Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’ ” Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.” Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa. Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie: Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ, “ ‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so wo nnamfonom a wogye wɔn die no. Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu; wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’ “Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi.” Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu. Sɛ adwumayɛfoɔ no te sɛ me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,’ ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu wɔ hɔ.’ ” Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia hɔ bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no sɛ ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no. Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ hɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem. Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie: Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. Sedekia adedie afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so ɛnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbubuu kuropɔn no afasuo. Na Babiloniahene adwumayɛfoɔ no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Ɛpono hɔ: Nergal-Sareser a ɔfiri Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire, ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a aka no nyinaa. Ɛberɛ a Yudahene Sedekia ne nʼasraafoɔ nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwaneeɛ, wɔfaa ɔhene turo mu firii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɛpono a ɛwɔ afasuo mmienu no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba. Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso. Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no. Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia. Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase. Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ, “Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.” Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu. Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn sɛ, “Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek sɛ, ‘Sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me nsɛm a ɛtia kuropɔn yi no mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiedie so ama aba mu. Saa ɛberɛ no ɛbɛba mu wɔ wʼanim. Nanso mɛgye wo saa ɛda no, Awurade na ɔseɛ; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wosuro wɔn no nsa. Mɛgye wo nkwa, na worentɔ wɔ akofena ano na mmom wobɛnya wo tiri adidi mu, ɛfiri sɛ wogye me di, Awurade, na ɔseɛ.’ ” Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no gyaee Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ɔhunuu sɛ, wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommumfoɔ a wɔfiri Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. Brɛ a ɔsahene a ɔtua awɛmfoɔ no ano no hunuu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beaeɛ yi. Na afei, Awurade ama aba mu. Wayɛ sɛdeɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no. Yeinom nyinaa baa mu, ɛfiri sɛ, mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ ɔsetie amma no. Nanso, ɛnnɛ mereyi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ deɛ a ɛmma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.” Na ansa na Yeremia bɛdane ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho sɛ, “Sane kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nana, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkuro so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforɔ biara a wopɛ.” Na ɔsahene no maa Yeremia aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ. Enti, Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu. Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wiram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmammarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ɔfiri Netofa mmammarima, Yesania a, ɔyɛ Maakani babarima ne wɔn mmarima. Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie. Me deɛ, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafoɔ a wɔbɛba abɛhyia yɛn no mu, na mo deɛ, monkɔ boaboa nsã, ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twaberɛ mu, na montenatena nkuro a moafa no so.” Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahodoɔ a aka no, tee sɛ Babiloniahene agya nkaeɛfoɔ bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana sɛ amrado wɔ wɔn so no, wɔn nyinaa sane baa Yuda asase so firi aman a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsã ne ahuhuro nnuaba bebree ano wɔ twaberɛ mu. Na Karea babarima Yohanan ne akodɔm ntuanofoɔ a wɔda so wɔ wiram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa na wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael sɛ, ɔmmɛkum wo anaa?” Nanso, Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni. Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kɔkoam wɔ Mispa sɛ, “Ma menkɔkum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkum wo na ɔma Yudafoɔ a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ hwete, na Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no yera?” Nanso, Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan sɛ, “Ɛnyɛ saa adeɛ yi! Deɛ woka fa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.” Ɔbosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehyeɛ a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfoɔ no mu baako no ne mmarima edu baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Ɛberɛ a wɔn nyinaa gu so redidi no, Netania babarima Ismael ne ne mmarima edu no a wɔka ne ho no sɔreeɛ na wɔde akofena wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nana nso no kumm no. Na ɔyɛ obi a Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so. Ismael kumm Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso. Adeɛ kyeeɛ no, ansa na obiara bɛte Gedalia wuo no, mmarima aduɔwɔtwe a wɔawerɛ wɔn bɔgyesɛ, asunsuane wɔn ntadeɛ mu na wɔasesa wɔn honam ani firi Sekem, Silo ne Samaria baeɛ a wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne nnuhwam reba Awurade efie. Netania babarima Ismael de agyaadwoɔ firii Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɛberɛ a ɔhyiaa wɔn no ɔkaa sɛ, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.” Wɔduruu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kumm wɔn na wɔtoo wɔn afunu guu abura bi mu. Nanso nnipa no mu edu ka kyerɛɛ Ismael sɛ, “Nkum yɛn! Yɛwɔ ayuo ne atokoɔ, ngo ne ɛwoɔ a yɛde asie wɔ afuo bi mu.” Enti ɔgyaa wɔn na wankum wɔn nso. Abura a Ismael too nnipa a ɔkunkumm wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ deɛ ɔhene Asa atu sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban atia Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma. Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn. Ɛberɛ a Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adie no, wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho. Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ. Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn. Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ. Wɔsii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛe wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem. Na wɔredwane Babiloniafoɔ no. Na wɔsuro Babiloniafoɔ no ɛfiri sɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no. Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho ne nnipa no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade wo Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Yeremia buaa wɔn sɛ, “Mate mo asɛm no, na ɛkwan biara so mɛbɔ Awurade mo Onyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mo asrɛ no; mɛka deɛ Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.” Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ yɛanyɛ deɛ Awurade wo Onyankopɔn soma wo sɛ ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ntia yɛn. Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ ɔsetie ama Awurade yɛn Onyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛsi yɛn yie, na yɛbɛdi Awurade yɛn Onyankopɔn asɛm so.” Dadu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. Enti, ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no seɛ: ‘Sɛ motena asase yi so a, mɛsiesie mo na merensɛe mo, mɛdua mo na merentu mo ase, ɛfiri sɛ me werɛ aho wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. Monnsuro Babiloniahene a seesei mosuro noɔ no. Monnsuro no, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo wɔ hɔ, mɛgye mo, na mayi mo afiri ne tumi ase. Mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asane aba mo asase so.’ “Nanso sɛ moka sɛ, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa enti moanyɛ ɔsetie amma Awurade mo Onyankopɔn, na moka sɛ, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, baabi a yɛrenhunu ɔko, na yɛrente totorobɛnto nnyegyeeɛ na aduanekɔm nne yɛn a,’ ɛnneɛ tie Awurade asɛm, Ao Yuda nkaeɛfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ monya kɔtena hɔ a, ɛnneɛ akofena a mosuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɛkɔm a mo akoma tu wɔ ho no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu. Nokorɛm, wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako mpo renka anaa ɔrennwane mfiri amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem soɔ no, saa ara na sɛ mokɔ Misraim a, mʼabufuhyeɛ bɛhwie agu mo so. Mobɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbuo ne ahohora; morenhunu saa beaeɛ yi bio.’ “Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ sɛ moyɛɛ mfomsoɔ a ɛyɛ hu yie ɛberɛ a mosomaa me kɔɔ Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na mokaa sɛ, ‘Bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na ka deɛ ɔka biara kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ,’ no. Ɛnnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade mo Onyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. Enti, afei mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.” Ɛberɛ a Yeremia wiee nsɛm a ɛfiri Awurade wɔn Onyankopɔn nkyɛn no ka no, Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Woredi atorɔ! Awurade yɛn Onyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.” Enti, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntena Yuda asase so no so. Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ. Wɔde mmarima, mmaa, mmɔfra ne ɔhene mmammaa a ɔsahene Nebusaradan a ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ panin no de wɔn gyaa Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana kɔɔeɛ. Na odiyifoɔ Yeremia ne Neria babarima Baruk nso ka ho bi. Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes. Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes sɛ, “Ɛberɛ a Yudafoɔ no rehwɛ no, fa aboɔ akɛseɛ, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛweeɛ a ɛwɔ Farao ahemfie a ɛwɔ Tapanhes aboboano hɔ, na fa gu mu kata so. Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mɛsoma me ɔsomfoɔ Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahennwa bɛsi saa aboɔ a masie wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛ nʼadehye kyiniiɛ mu wɔ so. Ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so, na ɔbɛkum wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkum wɔn no, na wɔafa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommumfa mu nnommum. Na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma akofena no nso, wɔde wɔn bɛma akofena. Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu ogya ahye na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ de nʼatadeɛ kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafiri hɔ akɔ a ne ho baabiara renti. Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, ɔbɛbubu nʼafadum kronkron no, na wahye Misraim anyame asɔredan no dworobɛɛ.’ ” Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Misraim anafoɔ fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam ho. “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mohunuu amanehunu kɛseɛ a mede baa Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa so. Ɛnnɛ wɔayeyɛ amanfo na wɔasɛe ɛsiane bɔne a wɔayɛ no enti. Wɔhyee nnuhwam, somm anyame foforɔ a wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuo. Mpɛn bebree mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Monnyɛ saa atantanneɛ a mekyiri no!’ Nanso wɔantie. Wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannane amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho na wɔannyae hye a wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ no. Enti, mehwiee mʼabufuo guiɛ na ɛdɛre kɔɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, ma ɛsɛɛsɛeɛ na ɛdedaa mpan sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi. “Na seesei, deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na mode amanehunu kɛseɛ aba mo ho so, sɛ moyii mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mmotafowa firii Yuda a moangya nkaeɛfoɔ biara amma mo ho. Adɛn enti na mode deɛ mo nsa ayɛ hyɛ me abufuo, na mohye nnuhwam ma anyame foforɔ wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnomedeɛ ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu. Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so. “Enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa. Mɛfa Yuda nkaeɛfoɔ a wɔsii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ akofena ano anaa ɛkɔm bɛkum wɔn. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, akofena ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbudeɛ ne ahohora. Mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim aso, sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no. Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.” Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no! Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso. Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.” Na mmaa no nso ka kaa ho sɛ, “Ɛberɛ a yɛhyee nnuhwam maa Ɔsoro Hemmaa na yɛhwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no anaa?” Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa, mmarima ne mmaa a wɔrebua noɔ no sɛ, “Mosusu sɛ, Awurade nnim sɛ na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no hye nnuhwam ma ahoni wɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem mmɔntene so anaa? Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Awurade no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.” Afei, Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmaa no ka ho sɛ, “Mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa montie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛɛ akyerɛ mo bɔ a mohyɛɛ sɛ, ‘Ampa ara yɛbɛdi ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ, yɛbɛhye nnuhwam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmaa no, no so.’ “Monkɔ so, monni mo bɔhyɛ ne mo ntam so! Nanso, montie Awurade asɛm, mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa. ‘Mede me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘obiara a ɔfiri Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da sɛ, “Sɛ Otumfoɔ Awurade te ase yi.” Na mɛhwɛ ama wɔahunu amane na ɛnyɛ yiedie; Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim bɛwuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. Wɔn a wɔbɛdwane afiri akofena ano na wasane afiri Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkaeɛfoɔ a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa bɛhunu deɛ nʼasɛm yɛ nokorɛ; me deɛ anaa wɔn deɛ. “ ‘Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na mo ahunu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔkum no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne ɔtamfoɔ a na ɔrepɛ no akum no no nsa. Yei ne deɛ Awurade seɛ.’ ” Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu. “Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo: Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ” Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho. Deɛ ɛfa Misraim ho no nie: Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no: “Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa! Monsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Monyinagyina mo afa a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo! Monse mo mpea ano, na monhyɛ mo nkataboɔ. Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ. Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase. “Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi? Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ. Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’ Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan. Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ. Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee, akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano. Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so. “Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo. Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ; wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.” Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so: “Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ, ‘Monnyinagyina na monyɛ krado, ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’ Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei? Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam. Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’ Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’ “Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano. Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so. “Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so. Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua. Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ, “sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ, na wɔrentumi nkane wɔn. Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.” Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so. Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ. “Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel. Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ, na obiara renhunahuna no. Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.” Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn: Sei na Awurade seɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam; ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so, nkuro no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteateam; wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ, na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no. Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn? “Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena, da bɛn na wobɛhome? Sane kɔhyɛ wo bɔha mu; gyae na da dinn.’ Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?” Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam. Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo. Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su. Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteateam. Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ; ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho. Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa. Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so. Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ. Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa, na emu biara renya ne ho ntete. Wɔbɛsɛe bɔnhwa no na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no, ɛfiri sɛ Awurade akasa. Momfa nkyene nhyɛ Moab, ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkuro bɛda mpan a obiara rentena soɔ. “Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo! “Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu, te sɛ nsã ase puo a ataa dinn a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da; saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da. Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara, na ne ho hwa nsesa. Nanso, nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu, na wɔbɛhwie no agu; wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee na wɔabobɔ ne nkuruwa. Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, sɛdeɛ Israel efie anim guu ase ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no. “Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima, mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’? Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa; ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,” deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie. “Moab asehweɛ abɛn; nʼamanehunu bɛba ntɛm. Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a monim ne din nyinaa; monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi? Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’ “Firi wʼanimuonyam mu, na bɛtena asase wesee no so, wo a wote Ɔbabaa Dibon mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no bɛtu aba wo so; abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no. Gyina kwankyɛn na hwɛ, wo a wote Aroer. Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi, bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’ Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa; montwa adwo na monteateam! Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ wɔasɛe Moab. Atemmuo aba bepɔ tamaa so wɔ Holon, Yahas ne Mefaat, Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn. Wɔatwa Moab abɛn; na ne basa abu,” Awurade na ɔseɛ. “Momma no mmoro nsã, ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia. Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu; momma no nyɛ fɛdideɛ. Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ? Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa, a enti mowoso mo ti animtiabuo so ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm? Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ɔbodan ano. “Yɛate Moab ahantan no nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ; nʼahantan ne nʼahomasoɔ, ne nʼakoma mu ahohoahoa. Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ɔseɛ, “na nʼahohoahoa mfa hwee mma. Enti metwa adwo ma Moab, mesu team ma Moabfoɔ nyinaa, medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su, Ao Sibma bobe. Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ; kɔduruu Yaser ɛpo ho. Ɔsɛefoɔ no abɛgu mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri Moab nnuaba nturo ne mfuo so. Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so; obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so. Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ, nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam. “Wɔn su ano den gyegye firi Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas, firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya. Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe. Moab hɔ no, mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,” Awurade na ɔseɛ. “Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ. Wɔabɔ etire biara tikwa na wɔayi abɔgyesɛ biara; nsa nyinaa ho ayɛ akamakam na ayitoma sisi obiara asene. Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa, biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ mabubu Moab ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ɔseɛ. “Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ! Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi! Moab ayɛ fɛdideɛ ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.” Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam. Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so. Wɔbɛfa Keriot nnommum na wafa nʼaban denden no. Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia. Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo, Ao Moabfoɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no bɛtɔ nkomena mu, deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no, afidie bɛyi no; na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ɔseɛ. “Hesbon nwunu ase na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara, ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon; ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini; ɛhye Moabfoɔ moma, ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa. Nnome nka wo Ao, Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no; wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu. “Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no wɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ɔseɛ. Moab atemmuo no awieeɛ nie. Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu? Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ. “Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai! Monteam Ao, mo a mowɔ Raba! Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ; mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu, ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ. Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho? Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa? Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ, wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’ Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano. “Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ. Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa? Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no. Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra? Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a, anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara? Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio. ‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ” Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ, “Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so! Monsɔre nkɔ ɔko!” “Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia. Ehu a wobɔ nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuro mu, na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea. Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ, nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” Awurade na ɔseɛ. “Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu. “Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu kɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa. Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho. Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so. Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. Damasko ayɛ mmerɛ, wayɛ sɛ ɔrebɛdwane; wabɔ huboa; ahoyera ne ɔyea akyekyere no, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ. Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo? Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ. “Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.” Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no. Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’ “Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm! Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ɔseɛ. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so; wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. “Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ. Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ, na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ. “Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.” Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no. Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so afiri ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu, na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so. Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim, wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim; mede amanehunu bɛba wɔn so mpo mʼabufuhyeɛ no,” Awurade na ɔseɛ. “Mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora. Mɛsi mʼahennwa wɔ Elam na masɛe ne ɔhene ne nʼadwumayɛfoɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Nanso, mɛsane de Elam adenya ama no nna a ɛreba no mu,” Awurade na ɔseɛ. Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie: “Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Mompagya frankaa na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wɔbɛgu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’ Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so. “Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a wɔn werɛ remfiri mu. “Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera; wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan ma wɔkyinkyinii mmepɔ so. Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea. Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu; wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no, Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’ “Monnwane mfiri Babilonia; momfiri Babiloniafoɔ asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim. Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia. Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no, wɔbɛfiri atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi. Enti wɔbɛfom Babilonia; wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” Awurade na ɔseɛ. “Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti, Wo maame ani bɛwu pa ara; deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, ɛserɛ, asase wesee ne anweatam. Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. “Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a moto agyan nyinaa. Monto no! Monnnya bɛmma biara, ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade. Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu, wɔdwiri nʼafasuo gu fam. Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no. Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia, ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no. Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu, obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so. “Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete a agyata apam wɔn. Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu yɛ Asiriahene; na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.” Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no. Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea. Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so. Saa nna no ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔsɛ, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhunu bi, ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn. “Monto nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, monkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ɔseɛ. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no. Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ! Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asaeɛ! Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu! Mesum wo afidie Ao Babilonia, na ɛyii wo ansa na worehunu; wɔhunu wo kyeree wo ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade. Awurade abue nʼakodeɛ akoradan na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue, ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafoɔ asase so. Momfiri akyirikyiri mmra ne so. Mommubu nʼasan no ani; monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo. Monsɛe no korakora na monnnya no nkaeɛfoɔ biara. Monkunkum nʼanantwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn! Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were nʼasɔrefie ho aweretɔ. “Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔto agyan nyinaa. Montwa ne ho nhyia; momma obiara nnwane. Montua ne nneyɛɛ so ka; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ. Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia, Israel kronkronni no. Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so; wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ. “Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ wo da no aduru ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no. Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.” Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔhyɛ Israelfoɔ so, na Yudafoɔ nso saa ara. Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ. Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ; ne din ne Asafo Awurade. Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ. “Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!” Awurade na ɔseɛ. “Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ! Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma. Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdane mmaa. Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ! Wɔbɛfom. Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so! Ɛbɛwewe. Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam. “Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena. Obiara rentena so bio ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu. “Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba; ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree, wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano. Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia. Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm, ne nsa sesa ne ho kwa. Ahohiahia akyekyere no; ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa. Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ, mɛkanyane ɔsɛefoɔ bi honhom atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai. Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babilonia sɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase; wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaa wɔ nʼamanehunu da no. Mma agyantoni mpoma nʼagyan, mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ. Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni; sɛe nʼakodɔm no pasaa. Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so. Na Asafo Onyankopɔn Awurade, nnyaa Israel ne Yuda hɔ. Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn. “Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka. Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa boroo nsã. Aman no nom ne nsã; ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam. Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Montwa ne ho agyaadwoɔ! Mompɛ ne yea no ano aduro; ebia ne ho bɛtɔ no. “ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ, nanso wɔntumi nsa no yadeɛ; momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro. Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’ “ ‘ Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’ “Monse agyan no ano! Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no, ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were aweretɔ ama nʼasɔrefie no. Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no. Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no. Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so. “Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu. “Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu. Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din. “Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree, mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ, teaseɛnam ne wɔn kafoɔ, mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa, mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu, mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa, mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo, mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie, mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ. “Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ. “Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee. Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ anaa sɛ fapem mpo, ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra. Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa. Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ. Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban. Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no, wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.” Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: “Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.” “Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu. Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka. Enti yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe na mama ne asutene awewe. Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie, sakraman atu ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, baabi a obiara nteɛ. Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpɔ so te sɛ agyata mma. Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no mɛto ɛpono ama wɔn na mama wɔaboboro nsã sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie, na wɔadeda a wɔrennyane bio,” Awurade na ɔseɛ. “Mede wɔn bɛba te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn, te sɛ, nnwennini ne mpapo. “Wɔbɛfa Sesak, Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no! Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ amanaman no mu! Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so. Ne nkuro bɛda mpan. Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo, asase a obiara nte soɔ, na obiara nntu ɛkwan mfa so. Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu. “Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano. Mommma mo bo ntu na monnsuro sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a; atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan, basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho. Na ampa ara ɛberɛ no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so. Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam abɛto ahyɛ ne so,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti, sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase ɛsiane Babilonia enti no. Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.” “Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ wasopa yɛn na fɛreɛ akata yɛn anim, ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.” “Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie. Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo, na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,” Awurade na ɔseɛ. “Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so. Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae. Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so; wɔn mmobom bɛgyegye. Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ. Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã, nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,” sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ. Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.” Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu. Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte. Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu. Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’ ” Yeremia nsɛm no awieeɛ nie. Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia babaa a ɔfiri Libna. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire no, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene. Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so. Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no. Nanso, Babilonia akodɔm no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tata so. Na nʼasraafoɔ no nyinaa afiri ne ho abɔ apete, na wɔkyeree no. Wɔfaa no dedua de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ adwumayɛfoɔ nyinaa nso. Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da. Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu. Babiloniafoɔ akodɔm a wɔhyɛ ɔhene awɛmfoɔ so sahene ase no bubuu afasuo a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa. Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu. Nanso, Nebusaradan gyaa wɔn a wɔdi hia wɔ asase no so no nkaeɛ sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuo no. Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, nnyinasodeɛ a wɔtumi moma soɔ ne kɔbere mfrafraeɛ Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babilonia. Afei, wɔfaa nkukuo, nsofi, kaneahoma twitwasoɔ, ɔpete nkuruwa, nwowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔeɛ. Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa. Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan. Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha. Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ. Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu. Ɔsahene Nebusaradan faa wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla. Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so. Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie: nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu, Yudafoɔ 3,023; Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832; nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu. Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600. Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ. Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara kɔsii ne wu da. Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakin sika berɛ ano berɛ ano, ma ɔde tuatua ne ho aka kɔsii ne owuda. Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa ɛnnɛ. Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ. Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu. Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den. Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so nʼamumuyɛ bebrebe enti. Ne mma kɔ nnommumfa mu. Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ. Animuonyam nyinaa atu afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea; na wɔde mmerɛyɛ adwane wɔ wɔn ataafoɔ anim. Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no, Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu. Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no na wɔseree ne sɛeɛ. Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ enti ne ho agu fi. Wɔn a wɔdi no ni no sopa no, ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya; ɔno ankasa gu ahome na ɔdane nʼani. Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; obiara ankyekyere ne werɛ. “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.” Ɔtamfoɔ no de ne nsa too nʼademudeɛ nyinaa so; ɔhunuu sɛ amanaman rehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛne wʼasafo mu no. Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane de nya ahoɔden. “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.” “Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no. “Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa. “Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. Abɛda me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa. “Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ. “Yeinom enti na mesu na nisuo adware me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.” Sion trɛ ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; Yerusalem abɛyɛ afideɛ wɔ wɔn mu. “ Awurade yɛ ɔteneneeni, nanso manni nʼahyɛdeɛ so. Montie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yea. Me mmeranteɛ ne mmabaawa kɔ nnommumfa mu. “Mefrɛɛ mʼapamfoɔ nanso wɔyii me maeɛ. Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu, ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi na wɔanwuwu. “Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ! Meredi ɛyea wɔ me mu, na mʼakoma mu nso menni ahotɔ, ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ. Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so; efie nso yɛ owuo nko ara. “Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me. “Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛdeɛ wo ne me adie ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. Mʼapinisie dɔɔso na mʼakoma aboto.” Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum akata Ɔbabaa Sion so nie? Wato Israel animuonyam firi soro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiasoɔ wɔ nʼabufuo da no. Awurade annya ahummɔborɔ na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma ho fi. Ɔde abufuhyeɛ atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne banbɔ wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia. Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so. Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel. Wamene nʼahemfie nyinaa asɛe nʼabandenden. Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Ɔbabaa. Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo; wasɛe ne dwabirem. Awurade ama Sion werɛ afiri nʼafahyɛ ne home nna; wɔ nʼabufuhyeɛ mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia. Awurade apo nʼafɔrebukyia na wagyae ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfie afasuo ahyɛ nʼatamfoɔ nsa. Wɔteam wɔ Awurade efie te sɛ afahyɛ da. Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhoma too ho na wannyae ɔsɛeɛ no. Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; wɔn nyinaa sɛeɛ. Nʼapono amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a ɛfiri Awurade hɔ bio. Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm; wɔde mfuturo agu wɔn tirim afirafira ayitoma. Yerusalem mmabaawa asisi wɔn tiri ase. Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ, me yafunu mu retwa me, mʼakoma rete atɔ fam, ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔntene so. Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ wɔ kuropɔn no mmɔntene so, ɛberɛ a wɔn nkwa resa wɔ wɔn maamenom abasa so. Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ? Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto, Ao, Yerusalem Ɔbabaa? Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ, de akyekyere wo werɛ, Ao, Sion Ɔbabaa Bunu? Wʼapirakuro so sɛ ɛpo. Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ? Wʼadiyifoɔ anisoadehunu yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ; wɔanna mo amumuyɛ adi ansi mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atorɔ ne nnaadaa. Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ, “Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a ɛdi mu no? Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?” Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom kakraa tia wo; wɔsere na wɔtwɛre wɔn se na wɔka sɛ, “Yɛamene no. Ɛda a na yɛretwɛn no nie; Yɛatena ase ahunu.” Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dadaada no aba mu. Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfoɔ no ani agye wama wʼatamfoɔ no mmɛn so. Nnipa no akoma su frɛ Awurade. Ao, Sion Ɔbabaa fasuo, ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten awia ne anadwo; nnye wʼahome mma wʼani nso nnya ahomeɛ. Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so. “Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade: Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ wɔ Awurade kronkronbea anaa? “Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ. “Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuo da no, obiara annwane na obiara anka: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no, me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.” Mene ɔbarima a mahunu amane wɔ nʼabufuo abaa ano. Wapam me afiri ne ho ama manante sum mu na ɛnyɛ hann mu; Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa. Wama me wedeɛ ne me nam anyini Na wabubu me nnompe. Waka me ahyɛ mu, ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia. Wama matena esum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dada no. Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha. Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano. Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye. Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ, ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara. Ɔkuntunuu ne tadua mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so. Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu hwiree mʼakoma mu. Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa. Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom. Ɔde aboseaa abubu me se; na watiatia me so wɔ mfuturo mu. Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; na mewerɛ afiri yiedie. Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.” Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, nwononwono ne bɔnwoma mu. Mekae yie, na me kra aboto wɔ me mu. Nanso, mekae yei ne saa enti, mewɔ anidasoɔ. Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ. Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ. Meka kyerɛ me ho sɛ, “ Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.” Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ noɔ no; Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagyeɛ. Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu. Ma ɔntena ase komm, ɛfiri sɛ Awurade de ato no so. Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, ebia anidasoɔ wɔ hɔ. Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no na ɔnhyɛ no aniwuo. Na Awurade nto nnipa ntwene koraa. Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da. Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma. Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a, sɛ wɔtiatia obi ahofadie so wɔ Ɔsorosoroni no anim a, anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa? Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ? Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na musuo ne nnepa firi anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho? Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ: “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua na woamfa ankyɛ. “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ. Wode wo ho asie omununkum mu enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn. Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira wɔ amanaman no mu. “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn. Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.” Me nisuo sene sɛ asutene ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ. Me nisuo bɛsene ara, na ɛrennyae, kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ afiri ɔsoro, na wahu. Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti. Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa. Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu; nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me. Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn. Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.” Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, na wokaa sɛ, “Nsuro.” Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; na wogyee me nkwa. Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade. Di mʼasɛm ma me! Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa. Ao Awurade, woate wɔn sopa, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa, deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa. Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw. Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade, deɛ wɔn nsa ayɛ enti. Pirim wɔn akoma, na ma wo nnome mmra wɔn so. Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn firi Awurade sorosoro ase. Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie? Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri! Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete wɔ mmɔntene biara so. Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ, seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma! Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ ma wɔn mma enum, nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so. Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmɔfra no su pɛ aduane, nanso obiara mfa mma wɔn. Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so. Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no seesei wɔdeda nso nkɔfie so. Me nkurɔfoɔ asotwe so sene Sodom a wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ, a wɔannya ɔboafoɔ biara no. Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma, na wɔhoa sene nufosuo, na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ. Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu; na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so. Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ɛho awo wesee sɛ abaa. Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduane ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyee ne fapem. Asase so ahemfo annye anni, ewiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne Yerusalem apono mu. Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti, wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya guu wɔ kuropɔn no mu. Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so te sɛ nnipa a wɔn ani afira. Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ. Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte! Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ wɔdwane kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka sɛ, “Wɔrentumi ntena ha bio.” Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ, na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ. Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; wɔtaa yɛn faa mmepɔ so na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so. Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu. Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛboro na wɔabɔ wo adagya. Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ; ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu. Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka na wada wʼamumuyɛ adi. Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so; hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ. Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, wɔde yɛn afie ama ananafoɔ. Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom; yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ. Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ. Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn. Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio, na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so. Nkoa di yɛn so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam. Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane, akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti. Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn. Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion, ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so. Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ. Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so; na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase. Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio; mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ. Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu; yɛn asa adane agyaadwotwa. Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so. Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne! Yei enti yɛn akoma atɔ piti, yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu wɔ Sion bepɔ a ada mpan na sakraman nenam soɔ no enti. Wo, Ao Awurade, di ɔhene afebɔɔ; wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi? Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi? Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade, na yɛatumi aba wo nkyɛn; yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no agye sɛ wapo yɛn koraa anaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ. Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu. Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum. Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so. Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ. Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa, wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase, na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho. Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim. Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho. Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho. Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa. Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa. Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu. Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu. Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam. Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho. Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa. Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho. Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no. Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ. Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Yei yɛ Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ, na me ne wo nkasa.” Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee sɛ ɔrekasa kyerɛ me. Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ. Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’ Na sɛ wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane sɛ wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu. Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo. Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te sɛ saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no.” Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene wɔ me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi wɔ. Ɔtrɛɛ mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔatwerɛ abubuo, awerɛhoɔ ne nnome nsɛm. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.” Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn. Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nte anaa ɛyɛ dene nkyɛn na meresoma woɔ, mmom meresoma wo Israelfoɔ hɔ. Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo. Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden. Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn. Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu. Afei, kɔ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nnommumfa mu na kasa kyerɛ wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ,’ sɛ wɔbɛtie oo, sɛ wɔrentie oo.” Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka Awurade animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ! Na ɛyɛ nnyegyeeɛ a ɛfiri ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi ho ne ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyegyeɛ denden a ɛworo soɔ. Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so. Mebaa nnommumfoɔ a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na ɛhɔ, me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwirii me. Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel; ɛno enti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a ɛfiri me. Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ampa ara wobɛwu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfiri nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa. “Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.” Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na Awurade animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam. Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie. Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi mpue nkɔ nnipa no mu. Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mɛbue wʼano ama waka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie!’ Deɛ ɔbɛtie no, ma no ntie, na deɛ ɔmpɛ sɛ ɔtie no, mma no nntie; na wɔyɛ atuatefoɔ. “Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyire Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so. Si otua ho nnwuma ma no: yɛ apie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na fa obubuadaban nnua twa ho hyia. Afei, fa dadeɛ kyɛmferɛ to ɔfasuo wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dane wʼani kyerɛ no. Wɔbɛtua kuropɔn no, na wo na wobɛtua no. Yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie. “Afei, da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodoɔ a wode da wo fa so no. Mede wɔn bɔne mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo. Enti nnafua ahasa ne aduɔkron (390) na wode bɛsoa Israelfoɔ bɔne. “Ɛno akyi, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafoɔ bɔne adaduanan a ɛda koro biara bɛyɛ afe baako. Dane wʼani kyerɛ Yerusalem mpampim na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no. Mede ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi nnane wo ho kɔsi sɛ otua nna no bɛba nʼawieeɛ. “Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi wɔ nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no. Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano. Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano. Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.” Awurade kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi aduane a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.” Na mekaa sɛ, “Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade ! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.” Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma wode nantwie agyanan asi onipa deɛ anan mu, na wato wo burodo wɔ so.” Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, mɛtwa aduane a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyera bɛdi aduane a wɔkyekyɛ mu, na wɔde abasamutuo anom nsuo a wɔkyekyɛ, ɛfiri sɛ aduane ne nsuo ho bɛyɛ den. Wɔn ho bɛdwiri wɔn sɛ wɔhunu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne enti, wɔbɛfonfɔn.” “Afei onipa ba, fa akofena nnamnnam yi yɛ sɛ obi a ɔyi ti yiwan na fa yi wo tirinwi ne wʼabɔgyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn. Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano. Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa. “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so. “Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo. “Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da. Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa. Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Wo nkurɔfoɔ no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɛkɔm bɛkunkum wɔn; nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ wʼafasuo akyi, na mabɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa, na matwe akofena ataa wɔn. “Afei me bo bɛdwo na mʼabufuhyeɛ a ɛtia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuhyeɛ adi kyerɛ wɔn a, wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me Awurade na akasa wɔ me tumi mu. “Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so. Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me Awurade na maka. Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan. Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn, na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea. Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim. Mede Israelfoɔ afunu bɛgugu wɔn ahoni anim, na mede mo nnompe apete mo afɔrebukyia ahodoɔ ho. Baabiara a moteɛ no, nkuro no bɛda mpan, na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo afɔrebukyia ahodoɔ no bɛda mpan na ayɛ afo. Mo ahoni bɛbubu na asɛe. Mo nnuhwam adum bɛbubu agu fam, na deɛ moayɛ nso bɛhwere mo. Mo nkurɔfoɔ bɛtotɔ wɔ mo mu, na mobɛhunu sɛ me ne Awurade. “ ‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti. Wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteam sɛ, “A!” Esiane Israel efie amumuyɛ ne akyiwadeɛ nyinaa enti, wɔbɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano. Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, ɛberɛ a wɔn nkurɔfoɔ a wɔatotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, wɔ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔ atifi nyinaa ne nnua a adendan ne odum frɔmfrɔm ase, mmea mmea a wɔde nnuhwam bɔ afɔdeɛ ma wɔn ahoni nyinaa. Afei mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afiri anweatam no akɔsi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru asase no ntweaso ɛnan no so! Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. Merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no, na moahunu sɛ me ne Awurade.’ “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam ɛkwan so reba! Awieeɛ no aba! Awieeɛ no aba! Apagya ne ho atia wo. Aba! Ɔsɛeɛ aduru mo, mo a mote asase no so. Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn; huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ. Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so de awie mʼabufuo a ɛtia wo no. Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ. “ ‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane! Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka. Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase, Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo no nyinaa no rensesa. Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni. “ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. Akofena wɔ mfikyire; na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie. Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn. Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti. Nsa nyinaa bɛdwodwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo. Wɔbɛfirafira ayitoma na wɔabɔ huboa. Aniwuo bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tirinwi. “ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi. Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi. “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi. Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn. Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba; atesɛm bɛdi atesɛm akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ, Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn. Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ. Ɔhene no bɛtwa adwo, ɔheneba no bɛfira abasamutuo, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ, na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ” Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ Awurade nsa baa me so wɔ hɔ. Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte sɛ onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na ɛfiri hɔ rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn sɛ dadeɛ a adɔ. Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie. Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ, te sɛ anisoadehunu a menyaa no wɔ ɛserɛ so no. Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi. Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa.” Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ. Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘ Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ ” Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.” Afei ɔde me baa Awurade efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete hɔ resu Tamus. Ɔbisaa me sɛ, “Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei.” Afei, ɔde me baa Awurade efie adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, na ɛhɔ, asɔrefie no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔrebukyia no ntam, na ɛhɔ na mmarimma bɛyɛ aduonu enum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ fam no, na wɔrekoto som owia a ɛwɔ apueeɛ fam. Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase! Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn.” Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.” Mehunuu sɛ mmarimma baasia firi atifi ɛpono a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura kɔdiawuo akodeɛ. Na ɔbarima bi a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho. Na Israel Onyankopɔn animuonyam pagyaa ne ho firi Kerubim no so, baabi a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no ɛkwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nante fa Yerusalem kuropɔn nyinaa mu na fa ahyɛnsodeɛ keka wɔn a wosu na wodi awerɛhoɔ wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.” Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara. Monkunkum nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmaayewa, mmaa ne mmɔfra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no. Momfiri aseɛ wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no hyɛɛ aseɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adihɔ hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔɔeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. Ɛberɛ a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mebutuu hɔ suiɛ sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade ! Worebɛsɛe Israel nkaeɛfoɔ yi nyinaa ɛsiane wʼabufuhyeɛ a aba Yerusalem soɔ yi enti anaa?” Na ɔbuaa me sɛ, “Israelfoɔ ne Yuda amumuyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyea ahyɛ asase no so ma. Wɔka sɛ, ‘ Awurade agya asase no; Awurade nhunu.’ Ɛno enti, merenhunu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa tiri so.” Afei, ɔbarima a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔ ne nkyɛn mu no de nkra baeɛ sɛ, “Mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no.” Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so. Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu. Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma. Na Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na Awurade animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma. Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa. Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho. Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi. (Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.) Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ. Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu. Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho. Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ. Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.” Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim. Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara. Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu. Afei, Awurade animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi. Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa Awurade efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi. Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim. Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee. Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ. Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’ Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.” Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu. Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma. “Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Kuro no yɛ dadesɛn deɛ, nanso emu ɛnam no yɛ nnipa a mode atirimuɔden akunkum wɔn apete hɔ. Ɛno enti, mɛpam mo afiri mu. Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ. Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso. Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so. Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.” Afei ɛberɛ a megu rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wuiɛ. Na mede mʼanim butuu fam suu denden sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade, wobɛtɔre Israel nkaeɛfoɔ yi ase koraa anaa?” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ ” “Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’ “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛboaboa mo ano afiri amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu soɔ no asane aba, na mede Israel asase bɛsane ama mo.’ “Wɔbɛsane aba so na wɔayiyi nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa. Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ. Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.” Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so. Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi. Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro. Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ atukɔfoɔ no. Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ. “Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no. Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu. Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.” Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ. Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ “Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’ “Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu. “Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri hɔ, na wɔbɛtu tokuro wɔ ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ. Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu. Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn. “Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no. Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo. Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti. Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn? Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn. Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfoɔ mu no to bɛtwa. Nanso me Awurade, mɛka deɛ ɛsɛ sɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, Israel efie reka sɛ, ‘Anisoadeɛ a ɔhunu no bɛba mu mfeɛ bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’ “Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: ‘Montie Awurade asɛm! Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no. Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te sɛ mmubuiɛ mu kɔkɔbo. Monkɔeɛ sɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano, Awurade ɛda no.’ Wɔn adehunu yɛ atorɔ, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka sɛ, ‘ Awurade aka sɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. Sɛ wɔka sɛ, ‘Yei na Awurade seɛ’, wɔ ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa? “Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade. “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti, ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa? “Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ. Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ. Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. “Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ? Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi. “ ‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no. Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade. Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ” Israel mpanimfoɔ no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatena mʼanim. Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa? Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’ “Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no! “ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, Awurade ankasa bɛbua no. Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifoɔ no, mɛtene me nsa wɔ ne so na matwa no afiri me nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ. Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokorɛ na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na metene me nsa wɔ wɔn so na megyae wɔn aduane ma, na mema ɛkɔm ba bɛkunkum emu nnipa ne wɔn mmoa a, mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn tenenee bɛgye wɔn nko ara nkwa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Anaa sɛ mema wiram mmoa kɔ saa asase no so na wɔkunkum ɛso nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so ɛsiane wiram mmoa no enti a, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe. “Sɛ nso metwe akofena wɔ asase no so, na meka sɛ, ‘Ma akofena no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mekunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛnya nkwa. “Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuhyeɛ so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa a, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nye ɔbabarima anaa ɔbabaa nkwa. Wɔn tenenee enti wɔbɛgye wɔn ho nkwa. “Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ hu mmorosoɔ sɛ mɛma mʼatemmuo huuhuuhu ɛnan, a ɛyɛ akofena, ɔkɔm, wiram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akɔkunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! Nanso ebinom bɛka, mmammarima ne mmammaa a wɔbɛyi wɔn afiri mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn wɔ Babilon, na sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho. Sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam, ɛfiri sɛ mobɛhunu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnni farebae, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman? Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa? Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa? Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie? “Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa. Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom sɛ wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na sɛ metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu sɛ mene Awurade. Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa akyiwadeɛ a Yerusalem yɛ no si nʼanim na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nananom ne wʼawoɔ firi Kanaanfoɔ asase so; na wʼagya yɛ Amorini ɛnna wo maame nso yɛ Hetini. Ɛda a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo sɛ wo ho bɛte nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo ho. Obiara anhunu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ yeinom biara ama wo. Mmom wɔtoo wo twenee wiram, ɛfiri sɛ ɛda a wɔwoo woɔ no, wɔbuu wo animtiaa. “ ‘Mebɛpuee wo so, na mehunuu sɛ worewɔ wo nan na woda mogya mu, na sɛdeɛ na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo sɛ, “Nya nkwa!” Mehwɛɛ wo ma wonyiniiɛ sɛ afifideɛ. Wonyiniiɛ, wofɛeɛ bɛyɛɛ abohemaa mu deɛ ne ho fɛ pa ara. Wo nufu bobɔeɛ na wo ho nwi fuiɛ, wo a na anka woda adagya. “ ‘Akyire yi mebɛpuee wo so, na mehwɛɛ woɔ na mehunuu sɛ woaso awadeɛ no, mede mʼatadeɛ fa bi kataa wʼadagya so. Mesuae kyerɛɛ wo na mene wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. “ ‘Mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede sradeɛ ahodoɔ srasraa wo. Mede atadeɛ a wɔanwono ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa wedeɛ mpaboa. Mede nwera papa firaa wo na mede ntadeɛ aboɔden guguu so. Mede agudeɛ siesiee wo. Mede nkapo guu wʼabakɔn, mede kɔnmuadeɛ too wo kɔn mu, na mede kawa hyɛɛ wo hwene mu, ɛnna mede asomuadeɛ hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotire a ɛyɛ fɛ. Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa. Na wʼahoɔfɛ enti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ animuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm nie. “ ‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ. Wode wo ntadeɛ no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn, ɛhɔ na wokɔbɔɔ adwaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sei sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. Afei wode wo nnwinneɛ fɛfɛ a mede maa wo no, deɛ mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛeɛ no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ adwaman. Wode wo ntadeɛ a wɔadi mu adwini hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhwam brɛɛ wɔn. Bio, aduane a mede maa woɔ no, esiam papa, ɛwoɔ ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyi hwa. Saa na ɛsiiɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “ ‘Wofaa wo mmammarima ne wo mmammaa, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ aduane maa ahoni. Wʼadwamammɔ no nnɔɔso anaa? Wokumm me mma de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa ahoni no. Akyiwadeɛ a woyɛeɛ ne wʼadwamammɔ akyi no, woankae wo mmabunu ɛberɛ a na wo ho da hɔ na worewowɔ wo nan wɔ mogya mu no. “ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Wʼamumuyɛ nyinaa akyi no, wosii banbɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tentene wɔ adwabɔeɛ biara. Borɔno so baabiara wosisii abosonnan atentene, na wosɛee wʼahoɔfɛ ɛfiri sɛ honam akɔnnɔ bɔne enti wode wo ho maa obiara a ɔretwam. Wo ne Misraimfoɔ a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ adwaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuo. Enti metenee me nsa wɔ wo so na metee wʼahyeɛ so. Mede wo maa wʼatamfoɔ aniberefoɔ, Filistifoɔ mmammaa a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwanwa. Wo ne Asiriafoɔ nso bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara. Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ adwadifoɔ asase kaa ho, nanso yei ammee wo ara. “ ‘Wonni ahohyɛsoɔ koraa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ wotumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ odwamanfoɔ a nʼani nwu hwee. Wosisii banbɔ pie wɔ mmorɔno so na wosisii abosonnan atentene wɔ adwaberem biara, na wonsɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ wopoo akatua. “ ‘Wo, ɔyere waresɛefoɔ, wopɛ ahɔhoɔ sene wo ara wo kunu! Odwamanfoɔ biara gye akatua, nanso wodeɛ, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfoɔ nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, wɔmfiri baabiara mmra wo nkyɛn. Enti wʼadwamammɔ mu no wonte sɛ afoforɔ; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔeɛ. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, ɛfiri sɛ wotua ka na obiara mma wo hwee. “ ‘Enti, wo odwamanfoɔ, tie Awurade asɛm! Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. Esiane sɛ wohwie wʼahonya guiɛ na wodaa wʼadagya adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfoɔ nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no enti, merebɛboaboa wʼadɔfoɔ a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afiri wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wɔbɛhunu wʼadagya nyinaa. Mede asotwe a wɔde ma mmaa awaresɛefoɔ ne mogya hwiegufoɔ bɛyɛ wʼatemmuo. Mede me mogya aweretɔ a ɛfiri mʼabufuhyeɛ ne me ninkunutweɛ abufuo mu bɛba wo so. Afei, mede wo bɛma wʼadɔfoɔ na wɔbɛbubu banbɔ pie a woahɔre, asɛe abosonnan atentene no. Wɔbɛpa wo ho ntoma. Wɔbɛfa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wagya wo hɔ adagya mu. Wɔde nnipadɔm a wɔbɛsi wo aboɔ na wɔde wɔn akofena atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so. Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no. Afei mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo na me ninkunutweɛ abufuo no bɛfiri wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na mebo remfu bio. “ ‘Sɛ woankae wo mmabunu nna, na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me abufuo enti, ɛkwan biara so mɛma deɛ woayɛ no abɔ wo tiri so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwadeɛ no ho anaa? “ ‘Obiara a ɔbu bɛ no bɛbu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛdeɛ ɛna teɛ no saa ara na ne babaa teɛ.” Wo maame sopaa ne kunu ne ne mma. Wo nso saa ara na woteɛ. Wote te sɛ wo nuanom mmaa a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma. Wo maame yɛ Hetini ɛnna wʼagya yɛ Amorini. Na wo nuabaa panin ne Samaria a na ɔne ne mmammaa te wʼatifi fam, ɛnna wo nuabaa kumaa a ɔne ne mmammaa te wʼanafoɔ fam yɛ Sodom. Woannante wɔn akwan mu, ansuasua wɔn akyiwadeɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔeɛ sene wɔn. Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ deɛ wo ne wo mmammaa ayɛ no da. “ ‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ. Wɔyɛɛ ahomasoɔ ne akyiwadeɛ wɔ mʼanim. Ɛno enti meyii wɔn sii nkyɛn sɛdeɛ woahunu no. Samaria anyɛ bɔne a woyɛeɛ no mu fa. Woayɛ akyiwadeɛ a ɛboro deɛ wo nuammaanom no yɛeɛ no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuammaa no tene, ɛsiane saa nneɛma a woayɛ no enti. Gye wʼanimguaseɛ, ɛfiri sɛ woama wo nnuammaa adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sene wɔn deɛ, enti ayɛ sɛ wɔtene sene wo. Ɛnneɛ afei gye wʼanimguaseɛ na wama ayɛ sɛ wo nnuammaa tene. “ ‘Nanso, mede Sodom siadeɛ ne ne mmammaa, Samaria siadeɛ ne ne mmammaa bɛma wɔn, na mede wo siadeɛ bɛka ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye wʼanimguaseɛ na wʼani bɛwu wɔ deɛ woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. Na wo nuammaa Sodom ne ne mmammaa, Samaria ne ne mmammaa bɛsane akɔ wɔn tebea dada mu, na wo ne wo mmammaa nso bɛsane akɔ mo dada mu. Anka woremmɔ wo nuabaa Sodom din wɔ wʼahohoahoa ɛda, kɔsi sɛ wʼamumuyɛ ho daa hɔ. Ɛbɛsi ɛnnɛ Edom mmammaa bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a atwa wɔn ho ahyia ne Filistifoɔ mmammaa, ɛne wɔn a atwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. Deɛ ɛbɛfiri nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwadeɛ mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm nie. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo bɛdi no sɛdeɛ ɛfata, ɛfiri sɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa. Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabunu berɛ mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu ɛberɛ a wo nsa aka wo nuammaa; wɔn a wɔanyini sene woɔ ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmammaa, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so. Enti me ne wo bɛyɛ apam na wobɛhunu sɛ mene Awurade. Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bɛwu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase enti, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu, buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu. “ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no sɛ ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ. “ ‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo. Nanso, na wɔadua bobe no wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba na afei abɛyɛ bobe dua a ɛdi mu.’ “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase. Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’ ” Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa? “ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu wɔ Babilonia. Ɔbɛwu wɔ Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so. Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm ho remma no mfasoɔ biara wɔ ɔko mu, ɛberɛ a Babilonia asisi epie na wayɛ otua nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa. Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni. “ ‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so. Mɛtrɛ mʼasau mu wɔ ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, ɛfiri sɛ wanni me nokorɛ. Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa. “ ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua wɔ bepɔ tentene bi so. Mɛdua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwunu mu. Wira mu nnua nyinaa bɛhunu sɛ, me Awurade na metwa dua tentene to fam na mema dua a ɛyɛ tiawa nyini yɛ tentene. Mema dua mono atwintwam na mema deɛ atwintwam nso yɛ frɔmm. “ ‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn: “ ‘Agyanom adi bobe bunu, nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’ “Nokorɛm, sɛ mete ase yi, sei na Awurade seɛ, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. Ɔkra teasefoɔ biara wɔ me, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa wɔ me. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. “Sɛ ɛba sɛ onipa tenenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ; ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna. Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee. Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie. “Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a (bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi. Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so. Ɔbɔ korɔno. Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwadeɛ. Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. “Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi: “Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi. Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa. Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu. “Nanso mobisa sɛ, ‘Adɛn enti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdie no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yie adi mʼahyɛdeɛ nyinaa so enti, ampa ara ɔbɛnya nkwa. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no. “Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa. Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa? “Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu. “Nanso moka sɛ, ‘ Awurade ɛkwan ntene.’ Montie, Israel efie, Me ɛkwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene? Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee nneyɛɛ ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu, bɔne a wayɛ enti, ɔbɛwu. Nanso sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi amumuyɛsɛm a wayɛ ho, na ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ɔbɛgye ne kra nkwa. Esiane sɛ wahunu ne mmarato na watwe ne ho afiri ho enti, ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. Nanso, Israel efie ka sɛ, ‘ Awurade ɛkwan ntene.’ Mʼakwan ntene? Israel efie, ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene anaa? “Ɛno enti, Israel efie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfiri mo mmaratoɔ nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehweɛ mu bio. Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuo, Ao Israel efie? Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’ “Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom na monka sɛ: “ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko wɔ agyata mu! Ɔdaa gyataburuwa mu yɛnee ne mma. Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam. Amanaman no tee ne nka, na wɔn amena yii no. Wɔguu no nkapo de no kɔɔ Misraim asase so. “ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ, na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforɔ yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔkyinkyinii agyata no mu ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu na ɔwee nnipa nam. Ɔbubuu wɔn abandenden na ɔsɛee wɔn nkuro. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmobomu bɔɔ wɔn hu. Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so. Wɔguu no asau kyeree no wɔ wɔn amena mu. Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene. Wɔde no too nneduafie, na wɔante ne mmobomu no bio wɔ Israel mmepɔ no so. “ ‘Na wo maame te sɛ bobedua a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛso aba, na ɛyiyii mman nsuo a ɔnya no bebree no enti. Ne mman yɛɛ den yie ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma. Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko. Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase de no hwee fam. Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ, ɛso aba tete guiɛ; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ na ogya hyeeɛ. Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so asase wesee a nsuo nni muo. Ogya trɛ firii ne mman baako so na ɛhyee nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’ Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.” Afe a ɛtɔ so nson no bosome enum no ɛda a ɛtɔ so edu no, Israel mpanimfoɔ no mu bi bɛbisaa Awurade hɔ adeɛ, na wɔtenatenaa mʼanim. Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ “Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a meyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakob efie asefoɔ na meyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene Awurade, mo Onyankopɔn.” Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa. Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara nto nsɛsodeɛ tantan a mode mo ani asi soɔ no ntwene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Onyankopɔn.” “ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantoto nsɛsodeɛ tantan no a wɔde wɔn ani asi soɔ no angu, na wɔannyae ahoni a ɛfiri Misraim no akyiri die. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo wɔ wɔn so wɔ Misraim. Nanso me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma wɔngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a meyii me ho adi kyerɛɛ Israelfoɔ wɔ mu, de yii wɔn firii Misraim no. Enti medii wɔn anim firii Misraim, de wɔn baa ɛserɛ no so. Mede me nhyehyɛeɛ maa wɔn na me ma wɔhunuu me mmara, ɛfiri sɛ obiara a ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa. Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron. “ ‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so. Nanso, me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma ho ɛkwan ma wɔnngu me ho fi wɔ amanaman a meyii wɔn firii so no ani so. Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene soɔ, nsase nyinaa mu deɛ ɛyɛ pa ara no, ɛfiri sɛ, wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛdeɛ so na wɔguu me home nna ho fi, ɛsiane sɛ na wɔn akoma da wɔn ahoni no so. Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ ɛserɛ no so. Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ ɛserɛ no so sɛ, “Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. Mene Awurade, mo Onyankopɔn; monni mʼahyɛdeɛ so na monhwɛ yie nni me mmara so. Monyɛ me home nna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ me ne mo ntam. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn no.” “ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛdeɛ so, na wɔanhwɛ anni me mmara so, deɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Wɔguu me home nna ho fi. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo a ɛtia wɔn wɔ ɛserɛ no so. Nanso metwentwɛn so, na me din enti, meyɛɛ deɛ amma ɛho ngu fi wɔ aman a meyii wɔn firii so no ani so. Memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, ɛfiri sɛ, wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛdeɛ guu me home nna ho fi, na wɔn ani kɔdii wɔn agyanom ahoni akyi. Bio, mede wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a ɛnyɛ, ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; memaa ho ɛkwan ma wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ de guu wɔn ho fi, sɛdeɛ mede ahodwirie bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahunu sɛ me ne Awurade.’ “Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israelfoɔ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Na yei mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔdeɛ, yɛɛ afɔrebɔdeɛ maa kokoɔ biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhahan de hyɛɛ me abufuo; wɔde nnuhwam maeɛ na wɔhwiee ahwiesa maa wɔn. Na mebisaa wɔn sɛ: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de bɛsi ɛnnɛ.) “Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mobɛgu mo ho fi sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ na mo kɔn dɔ wɔn ahoni tantan no anaa? Sɛ mode mo ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ mo mmammarima bɔ afɔdeɛ wɔ ogya so ma mo ahoni a, ɛnneɛ mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi bɛsi ɛnnɛ. Memma mommɛbisa me hɔ adeɛ anaa, Ao Israel efie? Ampa ara, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, meremma mommmisa me hɔ adeɛ. “ ‘Moka sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ ewiasefoɔ a wɔsom nnua ne aboɔ no.” Nanso deɛ ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu bɛdi mo so. Mede mo bɛfiri amanaman no so, na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo wɔ so no; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. Mede mo bɛba amanaman no ɛserɛ so, na ɛhɔ na mɛbu mo atɛn animu ne animu. Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim ɛserɛ soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahunu mo yie na mede mo aba apam no nkyehoma ase. Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwom sɛ mɛyi wɔn afiri aman a wɔte soɔ no mu, nanso wɔn nan rensi Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Na mo deɛ, Ao Israel efie, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso, akyiri no, mobɛtie me na moremfa mo ayɛyɛdeɛ ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. Ɛfiri sɛ, me bɛpɔ kronkron no so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛhɔ, wɔ asase no so na Israel efie nyinaa bɛsom me, na ɛhɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mɛhia mo afɔrebɔdeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ a ɛdi mu no aka mo afɔdeɛ kronkron no nyinaa ho. Sɛ meyi mo firi amanaman no mu na meboaboa mo ano firi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no a, mobɛsɔ mʼani sɛ krobo a ɛyi hwa, afei mɛda me kronnyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahunu. Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom so a, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛɛ nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwunu ɛsiane amumuyɛ a moayɛ no nyinaa enti. Israel, ɛfata sɛ wɔtwe wʼaso. Nanso mene wo bɛdi no wɔ ɛkwan a ɛbɛhyɛ me din animuonyam so. Wobɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm tia anafoɔ fam na hyɛ nkɔm tia kwaeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam asase soɔ. Ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ no sɛ: ‘Tie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛto wo mu ogya, na ɛbɛhye nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Deɛ ɛyɛ mono ne deɛ awoɔ. Wɔrennum ogyadɛreɛ no na ɛbɛhye asase no ani nyinaa; ɛfiri anafoɔ fam kɔsi atifi fam. Obiara bɛhunu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” Afei mekaa sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade ! Wɔka fa me ho sɛ, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi anaa?’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu. Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam. Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’ “Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim. Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho, wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee. “ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no. Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so. “ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa. Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum. Ao akofena, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, deɛ wo dadeɛ bɛfa biara. Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo Me Awurade na makasa no.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu. Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu. Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim. Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum. “Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum. “ ‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’ “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! Atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ, ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no aduru ne mponponsoɔ no. “ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ wɔ wo nananom asase so, mɛbu wo atɛn. Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa. Wobɛyɛ nnyensin ama ogya, wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, na wɔrenkae wo bio; me Awurade na makasa.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu. Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma. “ ‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo. Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani. Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi. Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ. Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu. Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa. Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so. Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa. Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo. Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu. Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’ ” Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ: “Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’ Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu. Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne. Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ. Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn. “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara. Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, mmaa baanu a wɔyɛ ɔbaa baako mma tenaa ase. Wɔbɛyɛɛ adwamammɔfoɔ wɔ Misraim, na wɔbɔɔ adwaman firii wɔn mmabaawaberɛ mu. Wɔmiamiaa wɔn nufu, feefee wɔn wɔ asase no so. Ɔpanin no din de Ohola ɛnna ne nuabaa no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola ne Samaria ɛnna Oholiba nso ne Yerusalem. “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ adwaman; nʼani tu dii nʼapɛfoɔ akyi, Asiriafoɔ, akofoɔ no a wɔhyehyɛ ntadeɛ bibire, amradofoɔ ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ soɔ. Ɔne Asiriafoɔ atitire bɔɔ adwaman, na ɔsomm wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi. Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ. “Ɛno enti mede no maa nʼadɔfoɔ Asiriafoɔ no a nʼani bere wɔn no. Wɔbɔɔ no adagya, faa ne mmammarima ne ne mmammaa kɔeɛ, na wɔde akofena kumm no. Ɔgyee ne din wɔ mmaa mu na asotwe baa no so. “Ne nuabaa Oholiba hunuu yei nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼadwaman senee ne nuabaa no deɛ. Ɔno nso dii Asiriafoɔ no akyi; amradofoɔ ne asahene, akofoɔ a wɔhyehyɛ wɔn ntadeɛ, apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ. Mehunuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɛkwan korɔ so. “Na ɔtoaa nʼadwamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ɔhunuu mmarima mfoni a wɔakurukyire agu ɔfasuo bi ho, Kaldeafoɔ mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyire a abɔsoɔ bobɔ wɔn asene mu na abɔtiten bobɔ wɔn tiri a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanimfoɔ a wɔfiri Kaldea. Ɔhunuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea. Na Babiloniafoɔ no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, wɔguu ne ho fi. Wɔguu ne ho fi wieeɛ no wɔn ho fonoo no enti ɔgyaa wɔn. Ɔkɔɔ so wɔ nʼadwamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagya no, megyaa no hɔ sɛdeɛ megyaa ne nuabaa no hɔ pɛpɛɛpɛ. Na ɔmaa nʼadwamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaawaberɛ a na ɔbɔ adwaman wɔ Misraim no. Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfoɔ a wɔn barima te sɛ mfunumu deɛ na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no bɔɔ adwaman. Na wo kɔn dɔɔ wo mmabunu mu akɔnnɔ bɔne no, deɛ woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na wɔmiamiaa wo mpɔkowa no. “Ɛno enti, Oholiba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛhwanyan wʼadɔfoɔ atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaa wɔn hɔ no; mede wɔn bɛfiri afanan nyinaa abɛtia wo. Babiloniafoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafoɔ no ne wɔn bɛba, mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa yɛ amradofoɔ, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfoɔ ne mmarima a wɔkura diberɛ akɛseɛ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ. Wɔde akodeɛ, nteaseɛnam ahodoɔ ne nipadɔm bɛba abɛtia wo; wɔde akokyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛeɛ so atwe wo aso. Mɛdane me ninkunu abufuo no akyerɛ wo so, na wɔne wo bɛdi no anibereɛ so. Wɔbɛtwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔbɛfa mo mmammarima ne mo mmammaa akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahye mo. Wɔbɛpa wo ho ntoma nso na wɔafa wʼadwinneɛ. Ɛno enti mɛma wʼakɔnnɔbɔne ne adwamammɔ a wohyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no aba nʼawieeɛ. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi na worenkae Misraim bio. “Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfoɔ nsa, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaee wɔn no. Wɔde ɔtan ne wo bɛdi, na wɔafa deɛ woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wɔbɛgya wo adagya ne kwaterekwa, na wʼadwamammɔ ho aniwuo no bɛda adi. Wʼaniwudeɛ ne wʼadwamansɛm no na ɛde yeinom aba wo so, ɛfiri sɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano, kuruwa a ɛso na emu dɔ; ɛde fɛdie ne ahohora bɛba, ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso. Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma, ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma. Wobɛnom a hwee renka mu: wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete na woatete wo mpokuwa mu. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.” Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee awadeɛ no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔn aduane. Wɔde yei nso ayɛ me: Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, wɔguu me kronkronbea ne me home nna ho fi. Ɛda a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛnee me kronkronbea hɔ kɔguu ho fi. Yei na wɔyɛɛ wɔ me fie. “Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ. “Na hooyɛ a ɛfiri nipakuo bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafoɔ firi ɛserɛ no so ne mmarima a wɔfiri ɛdɔm no mu baeɛ na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbaa no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ. Na meka faa deɛ awaresɛeɛ ama watete no ho sɛ, ‘Momma wɔnyɛ no sɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ saa ara pɛ na ɔteɛ.’ Na wɔne no daeɛ. Sɛdeɛ mmarima ne odwamanfoɔ da no, saa ara na wɔne saa mmaa a wɔn ho yɛ aniwuo no, Ohola ne Oholiba, daeɛ. Nanso mmarima teneneefoɔ de asotwe a wɔde ma mmaa a wɔsɛe awadeɛ na wɔka mogya guo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na wɔn nsa ho wɔ mogya. “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Fa nipakuo bra bɛtia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so. Nipakuo no bɛsi wɔn aboɔ na wɔde wɔn akofena bɛto ahyɛ wɔn so. Wɔbɛkunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa na wɔahye wɔn afie. “Ɛno enti mɛma aniwudeyɛ aba awieeɛ wɔ asase no so na abɔ afanan nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo. Wobɛnya wʼaniwudeɛ so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.” Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so na hwie nsuo gu mu. Fa nankum no gu mu, nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma; fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu. Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no; ma ɛnhuru na noa nnompe a ɛwɔ mu no. “ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei, na deɛ ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu a wommɔ so ntonto. “ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini: ɔhwie guu ɔbotan wesee so; wanhwie angu fam, baabi a mfuturo bɛkata soɔ. Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata. “ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro. Enti hyehyɛ nnyensin no na sɔ ogya no. Noa ɛnam no yie, fa ahwanhwanneɛ fra mu; na ma nnompe no nhye. Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛdeɛ emu fi no bɛnane na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ. Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; emu fi dodoɔ no ankɔ, ogya mpo antumi annyi. “ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo. “ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo. Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.” Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no. Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?” Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “ Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di. Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu. Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’ “Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no, saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo. Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wokaa “Ahaa” guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan wɔ mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo. Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo nan apempem hɔ, na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti, mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kaa sɛ, “Monhwɛ, Yuda efie ayɛ sɛ amanaman a aka no” enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam. Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu; na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na wɔ ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no. Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuhyeɛ mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’ Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye. Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee. Ɛpo mu, ɔbɛyɛ beaeɛ a wɔhata asau, ɛfiri sɛ makasa. Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɔbɛyɛ amanaman no afodeɛ, na akofena bɛsɛe nʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee soɔ no pasaa. Afei wɔbɛhunu sɛ, mene Awurade no. “Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo. Ɔde akofena bɛsɛe wʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee no so pasaa; ɔbɛsisi mpampim ayɛ epie wɔ wʼafasuo ho na wama nʼakokyɛm so atia wo. Ɔde obubuadaban nnua bɛpempem wʼafasuo no, na ɔde akodeɛ abubu wʼaban atentene no asɛe no. Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan. Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam. Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu. Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio. Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka! “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa? Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. Seesei, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehweɛ ɛda no; nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’ “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a, mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so. Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.” Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri; wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ. Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano. Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam. Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu. “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. “ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ. “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ. “ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka. “ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ. “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ. “ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ. “ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa. “ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa. “ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa. “ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini. Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini. Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano. Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu. Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo. Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no, wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ: “Hwan na wama no atɔre mumu te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?” Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase. Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam. Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so woaba awieeɛ a ɛyɛ hu na wɔrenhunu wo bio.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahennwa so wɔ ɛpo mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi. Wonim nyansa sene Daniel anaa? Wonim kokoamsɛm biara anaa? Wonam wo nyansa ne nhunumu so anya ahodeɛ ama wo ho. Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼakoradan mu. Wonam wʼadwadie mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya enti wahoran wɔ wʼakoma mu. “ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa te sɛ Onyame enti, mede ananafoɔ reba abɛtia wo, amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara; wɔbɛtwetwe wɔn akofena wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so na wɔahwire wʼanimuonyam no. Wɔde wo bɛto amena no mu, na wobɛwu owu yaaya wɔ ɛpo mfimfini. Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam. Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ananafoɔ nsam. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua. Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ, aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ. Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ, wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ. Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub, ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so; wonantee ogya aboɔ mu. Na anka wʼakwan ho nni asɛm ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu. Wʼadwadie a emu trɛ no enti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno enti mepamoo wo firii Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu, na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub, firii ogya aboɔ no mu. Wo horanee wɔ wʼakoma mu wʼahoɔfɛ enti, na womaa wo nyansa porɔeɛ, wʼanimuonyam no enti. Enti metoo wo twenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim. Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie agu wo kronkrommea ho fi, ɛno enti memaa ogya firii wo mu na ɛhyee wo, na mema wo danee nsõ wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim. Aman a na wɔnim woɔ nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho: wʼawieeɛ ayɛ ahomete na wɔrenhunu wo bio.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon na mɛnya animuonyam wɔ wo mu. Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede asotwe aba wo so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu. Mɛma ɔyaredɔm aba wo so na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so. Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu, ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so. Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ” Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. “ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ” Woka sɛ, “Nil yɛ me dea; meyɛ maa me ho.” Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu afenfam wo ho. Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho. Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa. Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔrempagya wo bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane. Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ. “ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade. “ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so. Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan. Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so. “ ‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so. Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi. Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so. Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’ ” Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm. Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Twa adwo na ka sɛ, “Ao ɛda no!” Na ɛda no abɛn, Awurade ɛda no abɛn, omununkum ɛda, amanaman no atemmuo berɛ. Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam. Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano. “ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa. “ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so. Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma. Mɛma Nil ho asutene awewe na matɔn asase no ama nipabɔne; menam ananafoɔ so bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ. Misraim renya mmapɔmma bio, na mɛma ehu aba asase no so nyinaa. Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu ogya na matwe Tebes aso. Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so Misraim banbɔ denden no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu. Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara. Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu. Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu. Ɛno enti mɛtwe Misraim aso, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu. Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam. Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne. Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.” Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “ ‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto? Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so. Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho. Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ. Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase. Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu. Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no. Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no. “ ‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti, mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no, na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ. Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. “ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “ ‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede nipadɔm bɛba abɛto mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu. Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so. Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma. Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn. Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu. Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti. “ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so. Mɛma wo nipadɔm no atotɔ wɔ nnɔmmarima akofena ano, wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo. Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa afiri nsuo bebree no ho na nnipa nan rentiatia mu bio na anantwie nan nso renhono no. Afei mɛma ne nsuo ani ate na mama ne asutene atene sɛ ngo, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Sɛ mema Misraim da mpan na meyi biribiara firi asase no so, sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ “Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’ Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ. Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’ “Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. “Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho. Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu. “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so. Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so. “Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no. “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no. “Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ. “Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ metwe mʼakofena wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn, na ɔhunu sɛ akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so. Esiane sɛ ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu. Nanso sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.’ “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn. Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,’ na sɛ wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ sɛ ɔmfiri nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho fɔ. “Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ moreka: “Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’ “Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma sɛ, ‘Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa wɔ ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase wɔ ɛberɛ a ɔdane firi ho. Sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kane teneneeyɛ enti.’ Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu wɔ ne bɔne a wayɛ enti. Na sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu. Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa. “Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘ Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa. Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.” Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!” Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa. Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so wɔ Israel asase no so no reka sɛ, ‘Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mowe ɛnam a mogya wɔ mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ sɛ mofa asase no anaa? Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ monya asase no anaa?’ “Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn. Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam hɔ. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan wɔ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.’ “Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.’ Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya. Nokorɛm, wɔn deɛ, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri sɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. “Sɛ yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi baa wɔn mu.” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa? Monom nufosuo, mode mmoa no ho nwi fira mo ho na mokum mmoa a wɔadɔre nanso monhwɛ nnwankuo no. Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so. Ɛno enti wɔbɔ hweteeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔbɔ hweteeɛ no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wiram mmoa nyinaa. Me nnwan kyinkyini mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn. “ ‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio. “ ‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no. Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa. Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔ atentene so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na ɛhɔ na wɔbɛwe ɛserɛ frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔ so. Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm nie. Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no. “ ‘Na mo, me nnwankuo, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn ne mpapo ne nnwennini ntam. Adidibea papa a modidi soɔ no, ɛyɛ ade ketewa ma mo anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan tiatia mo adidibea a aka no nso so anaa? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsuo a ani yɛ korɔgyenn anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan hono nkaeɛ no anaa? Ɛsɛ sɛ me nnwankuo di deɛ moatiatia so na wɔnom deɛ mode mo nan ahono anaa? “ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn. Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti, mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn. Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ. Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me Awurade na maka. “ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ɛserɛ so na wɔadeda kwaeɛ mu asomdwoeɛ mu. Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo. Mfuo so nnua bɛso wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduane. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mɛbubu wɔn kɔnnua na magye wɔn afiri wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. Amanaman no renyɛ wɔn fomfa adeɛ bio, na wiram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na obiara renhunahuna wɔn. Na mɛma wɔn asase a ɛso nnɔbaeɛ ama agye din, na aduanekɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. Afei wɔbɛhunu sɛ me Awurade, wɔn Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israel efie yɛ me nkurɔfoɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan. Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo. Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ. Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu. Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ, enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn. Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.” Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan. Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” “Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka sɛ: ‘Israel mmepɔ, montie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, “Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano, ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn wɔ aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’ Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri sɛ amanaman no abu wo animtiaa. Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa. “ ‘Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛre wɔbɛba efie. Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba, na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso. Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo sɛ, “Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ” enti, worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so. Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri sɛ wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn. Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’ Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no. “Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “ ‘Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so. Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho. Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte sɛ honam. Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so. Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so. Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu. Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu wɔ mo abrabɔ ho, Ao Israel efie. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio. Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ wɔn a na wɔtwam hɔ no ani soɔ no. Wɔbɛka sɛ, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.’ “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan, wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.” Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom yii me firii adi de me bɛsii bɔnhwa no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa. Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?” Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.” Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm! Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa. Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ” Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’ Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so. Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’ Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam. “Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so. Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu. Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. “ ‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ. Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ. Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ. Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’ ” Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal ɔberempɔn no; hyɛ nkɔm tia no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue. Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura akokyɛm na wɔhyehyɛ wɔn dadeɛ kyɛ bɛka wɔn ho, afei Gomer ne nʼasraafoɔ nyinaa ne Bet-Togarma a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafoɔ ne aman bebree bɛka wo ho. “ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nipakuo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfoɔ. Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfeɛ bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafiri ɔko mu afirie na wɔaboaboa ɛso nnipa afiri amanaman so aba Israel mmepɔ a ada mpan akyɛre no so. Wɔde wɔn fifiri amanaman no mu, na seesei wɔn nyinaa te asomdwoeɛ mu. Wo ne wʼasraafoɔ nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, nsusuiɛ bi bɛba wo tirim na wobɛdwene nhyehyɛeɛ bɔne bi. Wobɛka sɛ, “Mɛko afa asase a wɔntoo ɛso nkuraa ho fasuo. Mɛto ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoeɛ na wɔnnwene hwee ho, a wɔn mu biara nni ɔfasuo, apono ne akyi adaban. Mɛfom na mawia na madane me nsa atia amanfo a nnipa abɛtena soɔ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman so, nnipa a ayɛmmoa ne adwadideɛ abu wɔn soɔ na wɔtete asase no mfimfini.” Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne ne nkuraase nyinaa bɛbisa wo sɛ, “Woaba sɛ worebɛfom anaa? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebɛwia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, ayɛmmoa ne adwadideɛ akɔ na moafa afodeɛ bebree abranso anaa?” ’ “Ɛno enti, onipa ba hyɛ nkɔm kyerɛ Gog sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, ɛberɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te hɔ asomdwoeɛ mu no, worennwene ho anaa? Wobɛfiri wʼasase so wɔ atifi fam nohoa tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, nipadɔm kɛseɛ, asraadɔm a ɛso. Mobɛtu atene akɔtia me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu, Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛdeɛ aman no bɛhunu me, ɛberɛ a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛnyɛ wo ne deɛ menam mʼasomfoɔ Israel adiyifoɔ so kaa wo ho asɛm nna a atwam no anaa? Saa ɛberɛ no, wɔde mfeɛ bebree hyɛɛ nkɔm sɛ mɛma wo so de atia wɔn. Yei ne deɛ ɛbɛsi saa ɛda no. Sɛ Gog to hyɛ Israel asase so a, mʼabufuhyeɛ bɛsɔre, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mʼanem ne mʼabufuhyeɛ mu, mepae mu ka sɛ, saa ɛberɛ no asasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so. Ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wiram mmoa, abɔdeɛ biara a ɛwea asase soɔ ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔ bɛtutu agu, abotan bɛdwiri na afasuo nyinaa abubu agu fam. Mɛfrɛ akofena abɛtia Gog wɔ me mmepɔ nyinaa so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔde akofena bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛbu no atɛn, mɛhwie osubrane, ampariboɔ, ogya ne sɔfe a ɛdɛre agu ɔno ne nʼasraafoɔ ne aman bebree a wɔka ne ho no so. Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahunu me. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so. Afei, mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afiri wo nsa nifa mu agu fam. Wo ne wʼakodɔm nyinaa ne aman a wɔka wo ho bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔ so. Mede wo bɛma nnomaa ahodoɔ a wɔpɛ deɛ aporɔ ne wiram mmoa sɛ wɔn aduane. Mobɛtotɔ wɔ mfuo so, ɛfiri sɛ makasa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoeɛ mu wɔ mpoano nsase so no na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Mɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ahunu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho ɛkwan mma wɔnngu me din kronkron ho fi, na aman no bɛhunu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. Ɛreba! Na ampa ara ɛbɛsi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛda a maka ho asɛm no nie. “ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson. Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyina wɔ mfuo no so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwaeɛ mu, ɛfiri sɛ wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya. Na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nneɛma, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “ ‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa. “ ‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no. Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “ ‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so. Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu. (Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’ “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya. Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ. Afɔdeɛ a meresiesie ama mo no, mobɛdi sradeɛ kɔsi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akɔsi sɛ mobɛbobo. Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefoɔ, nnɔmmarima ne asraafoɔ ahodoɔ nyinaa ɛnam amee wɔ me ɛpono so,’ Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Mɛda mʼanimuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa bɛhunu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so. Ɛfiri saa ɛda no rekorɔ, Israel efie bɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Na amanaman no bɛhunu sɛ Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne enti, ɛfiri sɛ wɔanni me nokorɛ. Ɛno enti mede mʼanim hintaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ akofena ano. Me ne wɔn diiɛ sɛdeɛ wɔn ho fi ne wɔn mfomsoɔ teɛ, mede mʼanim hintaa wɔn. “Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Yakob bɛfiri nkoasom mu aba na manya ahummɔborɔ ama Israelfoɔ nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. Wɔn werɛ bɛfiri wɔn animguaseɛ ne nokorɛ a wɔanni me ɛberɛ a na wɔte hɔ asomdwoeɛ mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn. Sɛ mede wɔn firi amanaman no so sane ba na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfoɔ nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade wɔn Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennya wɔn mu biara wɔ akyire. Meremfa mʼanim nhinta wɔn bio, ɛfiri sɛ mɛhwie me Honhom agu Israel efie so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so aduonu enum, afe no ahyɛaseɛ bosome ɛda a ɛtɔ so edu a ɛyɛ kuropɔn no asehweɛ afe a ɛtɔ so dunan no, saa ɛda no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ. Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn. Ɔde me kɔɔ hɔ na mehunuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafraeɛ; na ɔgyina ɔpono no ano, kura serekye ahoma ne susudua wɔ ne nsam. Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a merebɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyire, ɛfiri sɛ ɛno enti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wobɛhunu kyerɛ Israel efie.” Mehunuu ɔfasuo a atwa asɔredan no mfefaremu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn edu ne fa. Ɔsusuu ɔfasuo no hunuu sɛ ne pipiripie yɛ anammɔn edu ne fa, na ne ɔsorokɔ nso saa ara. Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Awɛmfoɔ adan no mu biara tentene mu yɛ anammɔn edu ne fa na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn edu ne fa. Afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam mu pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ntwonoo a anim kyerɛ asɔredan no aboboano ɛpono no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Afei ɔsusuu ɛpono no ntwonoo; na ne tentene mu yɛ anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie yɛ anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no. Na awɛmfoɔ adan mmiɛnsa mmiɛnsa wɔ apueeɛ ɛpono no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ na afasuo ntiantia a ɛtwitwa ntam no nso pipiripie yɛ pɛ. Afei ɔsusuu abɔntenpono no ano ɛkwan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na ne tentene mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa. Awɛmfoɔ adan no mu biara anim wɔ ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa. Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. Ɔsusu faa afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɛpono ɛkwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Ntenemu no kɔsii ntwonoo a anim hwɛ adihɔ hɔ no. Ɛkwan a ɛfiri abɔntenpono aboboano kɔsi ntwonoo no tire yɛ anammɔn aduɔson enum. Awɛmfoɔ adan ne afasuo ntiantia a ɛtwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpono ɛkwan no mu no, na banbɔ mpomma nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwonoo no mu teɛ, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasuo ntiatia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no, wɔakurukyire mmɛdua de asiesie anim. Afei ɔde me baa adihɔ a ɛda akyire hɔ. Ɛhɔ na mehunuu adan bi ne aboɔ nsɛweeɛ bi a ɛwɔ mfikyire adihɔ no ɔfasuo ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ aboɔ nsɛweeɛ no akyi. Na aboɔ nsɛweeɛ no trɛ firi apono no anim, na na ne tɛtrɛtɛ te sɛ ntwonoo no a ɛhyɛn adihɔ no tɛtrɛtɛ; yei ne aseɛ nsɛweeɛ no. Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim wɔ atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam. Afei ɔsusuu ɛpono a ani hwɛ atifi fam na ɛpue mfikyire adihɔ no tentene ne ne tɛtrɛtɛ. Na awɛmfoɔ adan a mmiɛnsa wɔ afaafa, afasuo ntiawa a ɛtwitwa wɔn ntam ne ntwonoo no mfefaremu te sɛ ɔpono a ɛdi ɛkan no deɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. Na ne mpomma nketenkete ne ntwonoo ne mmɛdua a wɔakurukyire no nsusuwiiɛ nyinaa te sɛ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo de kɔ mu. Atwedeɛ no ne ntwonoo no di nhwɛanim. Na ɛpono bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Afei ɔdii mʼanim de me kɔɔ anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam no. Ɔsusuu nʼadum ne ntwonoo no, na wɔn nsusuiɛ te sɛ nkaeɛ no. Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa te sɛ mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene yɛ anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan ɛnan. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo kɔ ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni wɔ afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu. Na mfimfini adihɔ nso wɔ ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na ɔsusuu ɛkwan a ɛda saa ɛpono yi ne abɔntenpono a ɛwɔ anafoɔ fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Afei, ɔde me faa anafoɔ fam ɛpono no mu baa mfimfini adihɔ hɔ. Ɔsusuu anafoɔ fam ɛpono no; na ne nsusuiɛ no nyinaa te sɛ deɛ aka no. Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. (Ɛpono no ntwonoo a wɔde kɔ mfimfini adihɔ no tentene yɛ anammɔn aduasa nson na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa.) Ɛpono no hwɛ mfikyire adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. Afei, ɔde me baa mfimfini adihɔ hɔ wɔ apueeɛ fam na ɔsusuu ɛpono no; na ne nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. Ne ntwonoo hwɛ mfimfini adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. Afei ɔde me baa atifi fam ɛpono no ano na ɔsusuiɛ. Na ne nsusuiɛ no ne deɛ aka no yɛ pɛ, saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo tɛ sɛ nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete wɔ ɛho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho. Apono mmienu sisi abɔntenpono ntwonoo mu, na ɛso na wɔkunkum ɔhyeɛ afɔdeɛ, bɔne afɔdeɛ ne afɔdie afɔdeɛ mmoa. Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi hɔ. Ɛno enti ɛpono no afa mmienu no, na apono ɛnan sisi ɛfa biara; ne nyinaa yɛ apono nwɔtwe a ɛso na wɔkum mmoa afɔrebɔdeɛ. Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan wɔ hɔ ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene yɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo. Na kɔtɔkorɔ nta adinam a emu biara tentene yɛ nsateakwaa mmiɛnsa sensɛn afasuo no nyinaa ho. Apono no so na wɔde afɔrebɔ ɛnam guo. Mfimfini ɛpono no akyi wɔ mfimfini adihɔ no, na adan mmienu wɔ hɔ; baako bɛn atifi fam ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na baako nso bɛn anafoɔ fam ɛpono a ani kyerɛ atifi fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛdan a ɛwɔ anafoɔ fam no, asɔfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, Na ɛdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no so no dea. Yeinom yɛ Sadok mmammarima a wɔn nko ara ne Lewifoɔ a wɔtumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.” Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim. Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no yɛ anammɔn ɛnan ne fa wɔ nʼafanu. Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara. Ɔbarima no de me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu afadum no; na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron wɔ ne fa biara. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Afei ɔkɔɔ kronkronbea hɔ kɔsusuu nʼafadum a ɛwɔ nʼaboboano no; ebiara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mmiɛnsa. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron, na afasuo a epuepue afaanu no nso tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Na ɔsusuu kronkronbea no mu tentene; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ kɔsi asɔredan no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.” Ɔsusuu asɔredan no fasuo; na ne pipiripie yɛ anammɔn nson, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no. Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so. Mehunuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tentene yɛ anammɔn nkron. Nkyɛnkyɛn adan afasuo a ɛwɔ akyire no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ɛkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia ne asɔfoɔ adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa. Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum. Ɔsusuu asɔredan no, na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adihɔ ne ɛdan no a nʼafasuo ka ho no nso tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam, de bɛsi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Afei ɔsusuu ɛdan a ani hwɛ adihɔ a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ɛho mmarannaa a ɛwowɔ ɛfa biara; na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Asɔredan no mu, kronkronbea no mu ne ntwonoo a ani hwɛ adihɔ, ne aboboano, mpomma nketenkete ne mmarannaa a atwa mmiɛnsa yi ho ahyia, deɛ ɛka ho biara ne aboboano no, na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasuo no ho kɔka mpomma no ano ne mpomma no, na wɔde dua aduradura ho. Ɛkwan a ɛda ɛpono a ɛkɔ kronkronbea nu mu no atifi ne afasuo no ho nyinaa, kronkrommea no mu ne asɔredan no mu no nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Mmɛdua no didi Kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim mmienu. Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa. Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.” Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu. Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu. Na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no mu apono so te sɛ deɛ wɔayɛ wɔ afasuo no ho no, ɛnna wɔabɔ dua nkatasoɔ wɔ ntwonoo no anim. Ntwonoo no afasuo a ɛwowɔ afa afa no na mpomma nketenkete wɔ mu a wɔakurukyire mmɛdua wɔ afa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkatasoɔ. Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim. Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum. Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so. Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim. Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam. Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron. Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.” Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ. Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam. Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano, na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam sɛ apue wɔ apueeɛ fam reba. Na ne nne te sɛ nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanimuonyam no mu. Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam. Awurade animuonyam faa ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no mu hyɛnee asɔredan no mu. Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ hɔ na Awurade animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma. Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi. Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu. Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ. “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho, na sɛ wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so. “Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ. “Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu dɔ yɛ anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene: Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa. Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: Ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso. Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔdeɛ nantwie no na wokɔhye no wɔ asɔredan no ho beaeɛ a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi. “Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no. Sɛ wowie ɛho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfoɔ de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadie. Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛpono a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wɔbue. Obiara mmfa hɔ nhyɛne mu. Ɛnsɛ sɛ wɔbue, ɛfiri sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn afa hɔ ahyɛne mu. Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.” Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea hɔ nyinaa. Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie! Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam. Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan sɛ ɔhyɛne me kronkronbea hɔ. Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa. “ ‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ Awurade asɛm nie Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn. Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu. “ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma. “ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ. Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ. “ ‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi. Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “ ‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu. Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, sɛ ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’ ” “ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron. Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum (75). Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso. Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ. “ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea. “ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam. Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ. Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu (182), na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu. Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720). “ ‘Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa. Ngo dodoɔ a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita mmienu ne fa. Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ wɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba. Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho. Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no. “ ‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu. Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ. Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho. “ ‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɛpono no aboboano. Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho. Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ. Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi. “ ‘Na sɛ asase no sofoɔ ba Awurade anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi. Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi. “ ‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho. “ ‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu. “ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea. Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’ ” Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.” Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so. Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.” Ɔbarima no de me sane baa asɔredan no ɛkwan ano, na mehunuu sɛ nsuo firi asɔredan no aboboano ase a ɛtene kɔ apueeɛ fam (na asɔredan no ani hwɛ apueeɛ fam). Na nsuo no tene firii asɔredan no ase wɔ anafoɔ fam; afɔrebukyia no anafoɔ fam. Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam. Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000), na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda kotodwe mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda sisie mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na afei na nsuo no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, ɛfiri sɛ na emu dɔ enti, ɛsɛ sɛ wɔdware asubɔnten a obiara ntumi ntwa. Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba wohunu yei anaa?” Afei ɔsane de me baa asubɔnten no konkɔn so. Meduruu hɔ no, mehunuu nnua bebree wɔ asubɔnten no nkonkɔn mmienu no so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsuo yi tene kɔ apueeɛ fam kɔbɔ Araba mu na ɛhɔ na ɛbɔ ɛpo mu. Baabi a ɛbɔ ɛpo mu hɔ nsuo no yɛ deɛ nkyene nni mu. Baabiara a nsuo no tene fa no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ ɛfiri sɛ saa nsuo no tene fa hɔ na ɛma nsuo a ɛyɛ nkyenkyen no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yie wɔ baabiara nsuo no tene fa. Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu. Nanso atɛkyɛ ne aforɔ no deɛ, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wɔbɛgya hɔ ama adane nkyene. Nnuaba nnua ahodoɔ bɛnyini wɔ asubɔnten no konkɔn mmienu no so. Wɔn nhahan rempo, na wɔbɛso aba biribiara. Wɔbɛso aba ɔbosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛfiri kronkronbea hɔ no tene kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduane na wɔde wɔn nhahan asa yadeɛ.” Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ahyeɛ a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ agyapadeɛ a kyɛfa mmienu bɛyɛ Yosef dea no nie. Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ. “Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ: “Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad, Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ. Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.” Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ. Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ. “Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ. Monkyekyɛ mu sɛ agyapadeɛ mma mo ho ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfoɔ te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wɔnya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuo no mu. Abusuakuo biara a ɔhɔhoɔ bi bɛdɔm no, emu na ɛsɛ sɛ woma no nʼagyapadeɛ,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Mmusuakuo no din na ɛdidi soɔ yi: “Dan bɛnya kyɛfa baako wɔ atifi hyeɛ so hɔ; ɛbɛfa Hetlon ɛkwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar Enan ne Damasko atifi fam hyeɛ a ɛdi Hamat so no bɛyɛ ɛhyeɛ a ɛfiri apueeɛ fam kɔ atɔeɛ fam no fa bi. Aser bɛnya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. Naftali bɛnya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. Manase bɛnya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. Efraim bɛnya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. Ruben bɛnya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. Yuda bɛnya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam. “Yuda nsase no hyeɛ a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛdeɛ sononko no bɛdi. Ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tentene, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no ne mmusuakuo no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. “Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tentene bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Na ne tɛtrɛtɛ ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Yei bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfoɔ no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) ne tentene mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔeɛ fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apueeɛ fam, na anafoɔ fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea. Yei bɛyɛ Sadokfoɔ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no dea, wɔn a wɔdii me nokorɛ somm me na wɔannane amfiri me nkyɛn sɛdeɛ Lewifoɔ yɛeɛ ɛberɛ a Israelfoɔ dane firii me nkyɛn no. Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ. “Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade. “Asase a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufoɔ. Wɔbɛsisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini na ne kɛseɛ bɛyɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛseɛ bɛyɛ anammɔn ahasa aduɔson enum (375) wɔ nʼafanan biara. Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tentene mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapueeɛ fam ne nʼatɔeɛ fam. Ɛso nnɔbaeɛ no na kuropɔn no adwumayɛfoɔ bɛdi. Kuropɔn no mu adwumayɛfoɔ a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa no mu. Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Wobɛyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sononko. “Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Ɛfiri apueeɛ fam a ɛsusu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no, asase no bɛtrɛ akɔsi apueeɛ fam hyeɛ so, na atɔeɛ fam nso, ɛbɛtrɛ akɔsi atɔeɛ fam hyeɛ so. Nsase mmienu a ɛne mmusuakuo asase no sa soɔ no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini. Ɛno enti Lewifoɔ no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahyeɛ no ntam. “Mmusuakuo a aka no, “Benyamin bɛnya kyɛfa baako; ɛbɛfiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam. Simeon bɛnya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam. Isakar bɛnya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam. Sebulon bɛnya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam. Gad bɛnya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam. Gad kyɛfa no hyeɛ a ɛda anafoɔ fam no bɛkɔ anafoɔ fam afiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. “Yei ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuo no sɛ agyapadeɛ, na yeinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie. “Yeinom ne apono a wɔbɛfa mu apue afiri kuropɔn no mu: “Ɛfiri aseɛ wɔ atifi fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum no (6,750), wɔde Israel mmusuakuo dumienu no din bɛtoto kuropɔn apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ Ruben ɛpono, Yuda ɛpono ne Lewi ɛpono. Apueeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan. Anafoɔ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon. Atɔeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Gad, Aser ne Naftali. “Ɛkwan a ɛtwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tentene yɛ anammɔn mpem aduonu nson (27,000). “Na ɛfiri saa ɛda no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no sɛ, ‘ Awurade Wɔ Hɔ.’ ” Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no. Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so. Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ, mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma. Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ. Mmeranteɛ baanan bi a wɔyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa firi Yuda abusuakuo mu. Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego. Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi. Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafoɔhene no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.” Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a apiafoɔhene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ, “Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. Afei fa yɛn toto mmeranteɛ afoforɔ no a wɔredi ɔhene nnuane pa no ho, na hwɛ sɛdeɛ yɛte. Ɛno akyi yɛ wo nkoa sɛdeɛ wohunu.” Enti, ɔsomfoɔ no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ dadu. Dadu no akyi, wɔhunuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sene mmeranteɛ a wɔdii ahennuane no nyinaa. Enti, ɔsomfoɔ no sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhahamma nko ara, na wamfa ahennuane amma wɔn. Na mmerantewaa baanan yi Onyankopɔn maa wɔn nwomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nkyerɛaseɛ ho nimdeɛ. Ɛberɛ a ɔhene no ahyɛ no duruiɛ no, ɔpanin no de mmeranteɛ yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasaeɛ, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti, wɔde wɔn kaa ɔhene no apiafoɔ ho. Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu. Daniel tenaa hɔ ara, kɔsii ɔhene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu. Nebukadnessar adedie mfeɛ mmienu so, ɔsosoo daeɛ bi ma ɛhaa no ara kɔsii sɛ, na ɔntumi nna. Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ bisaa wɔn sɛ, wɔnkyerɛ no daeɛ ko no. Wɔbɛgyinaa ɔhene no anim no, ɔkaa sɛ, “Maso daeɛ bi a ɛha me, enti mepɛ sɛ monkyerɛ me daeɛ ko a mesoeɛ no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mehunu.” Na Kaldeafoɔ no buaa no wɔ Arameike kasa mu sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.” Nanso, ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ, “Yei ne gyinaeɛ a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me daeɛ no, na moankyerɛ me aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛbubu mo afie, ama afu wira. Na sɛ moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ.” Wɔkaa bio sɛ, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ.” Ɔhene no buaa sɛ, “Mahunu mo nnaadaa no. Mahunu sɛ, moretwentwɛn ɛberɛ no so, na monim gyinaeɛ a masi asɛm a mekaeɛ no ho. Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu sɛ asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.” Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no sɛ, “Onipa teasefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn. Ɔhene abisadeɛ yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu.” Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ sɛ, wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa. Na ɛsiane ɔhene no mmara den sɛ wɔnkunkum anyansafoɔ no enti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wɔnkunkum wɔn. Ɛberɛ a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfoɔ so panin baa sɛ ɔrebɛkum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasaeɛ. Daniel bisaa Ariok sɛ, “Adɛn enti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ no. Daniel kɔhunuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no berɛ kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ daeɛ no ase. Na Daniel kɔɔ ne fie kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria asɛm a asie. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn sɛ, ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu. Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi, na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia. Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi; woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me, ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.” Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase.” Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa sɛ, “Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase.” Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar) no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ? Wobɛtumi akyerɛ me deɛ mehunuu wɔ me daeɛ no mu na woakyerɛ me aseɛ?” Daniel buaa sɛ, “Nana, anyansafoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, nkonyaayifoɔ anaa ntafowayifoɔ biara nni hɔ a wɔbɛtumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! Nanso, Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kɔkoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ɛbɛsi daakye. Wo daeɛ no ne anisoadehunu a ɛberɛ a woda wo mpa so no wohunuiɛ nie: “Nana, ɛberɛ a woreda no, wʼadwene kɔsisii nsɛm bi a ɛbɛsisi so. Deɛ ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo deɛ ɛrebɛba. Na ɛnnyɛ sɛ, Nana, menim nyansa kyɛn onipa teasefoɔ biara enti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no asekyerɛ na ɔte deɛ ɛbaa nʼadwene mu no ase. “Nana, wʼanisoadehunu no mu, wohunuu ohoni kɛseɛ bi sɛ ɔgyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛharan hyɛnn na ne ho yɛ hu yie. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ. Dadeɛ na wɔde yɛɛ ne nan, na wɔde dadeɛ ne dɔteɛ a wɔde afra yɛɛ ne nantabon. Na Nana, worehwɛ no, ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛhwee dadeɛ ne dɔteɛ nantabon no so, pɛkyɛɛ no gɔsɔɔ. Afei Nana, ohoni mu no nyinaa a ɛyɛ dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, ma ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ, ma mframa bɛhuu ne nyinaa kɔeɛ a, hwee anka hɔ. Nanso, ɔboɔ a ɛpem ohoni no hwee fam no danee bepɔ kɛseɛ a ɛkataa asase nyinaa so. “Nana, daeɛ no nie o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo aseɛ. Nana, woyɛ ahene bebree so ɔhene. Ɔsoro Onyankopɔn ayɛ wo ahene mu ɔhene, ama wo tumi, ahoɔden ne animuonyam. Ɔde ewiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wiram ne nnomaa a wɔtu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn so difoɔ. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no. “Na wʼahemman aba nʼawieeɛ akyi no, ahemman a ɛnnto wo deɛ no bɛsɔre abɛsi wʼananmu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛseɛ foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi ewiase so. Nea ɛbɛdi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛso na ɛwɔ ahoɔden te sɛ dadeɛ. Saa ahemman no bɛbubu, ayam aman a adi ɛkan no nyinaa te sɛdeɛ dadeɛ bubu yam biribiara a ɛne no hyia no. Nana, sɛdeɛ wohunu sɛ nantabon ne nansoaa yɛ dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dadeɛ, na ebi ayɛ mmerɛ sɛ dɔteɛ. Saa dadeɛ ne dɔteɛ mfrafraeɛ no sane kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahodoɔ a wɔadi afra a wɔntumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi nni afra no. “Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ. Ɔboɔ no a nsa biara nkura mu na ɛtwa firi bepɔ no so a ɛyam dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafraeɛ ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kokuroko akyerɛ Nana, deɛ ɛbɛba daakye. Daeɛ no yɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ yɛ kann.” Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, somm no, na ɔhyɛɛ ne manfoɔ sɛ, wɔmfa afɔrebɔdeɛ mmra, na wɔnhye aduhwam wɔ nʼanim. Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Nokorɛ, wo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, wo na woatumi akyerɛ saa kɔkoamsɛm yi mu.” Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yie sane yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yie. Ɔmaa Daniel bɛyɛɛ sohwɛfoɔ wɔ Babiloniaman no mu nyinaa, na ɔde no sii nʼanyansafoɔ no nyinaa so ɔhene. Daniel bisa ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfoɔ, na Daniel yɛɛ ɔsomfoɔ wɔ ɔhene aban mu. Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nkron. Wɔde sii Dura tata so wɔ Babiloniaman mu. Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase. Ɛberɛ a ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ no bɛhyiaeɛ sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wɔbɛgyinagyinaa ohoni no anim. Na wɔbɔɔ dawuro teaam sɛ, “Nnipa ahodoɔ ne aman ahodoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa montie deɛ ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ! Sɛ mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no. Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre wɔ mu framfram mu.” Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Nanso, Kaldeafoɔ no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa Yudafoɔ no sɛ, “Nana wo nkwa so! Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfoɔ sɛ, obiara te abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, ɔnkoto fam, na ɔnsɔre sika ohoni no, na obiara a wantie ankɔto ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre framfram wɔ mu no mu. Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no.” Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no, Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi hɔ no? Mɛma mo ɛkwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, na mokoto fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛto mo agu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me tumi ase?” Sadrak, Mesak ne Abednego buaa sɛ, “Ao, Nana Nebukadnessar, yɛnnye nni sɛ ɛho hia sɛ yɛyi yɛn ho ano wɔ wʼanim. Sɛ wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase. Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da.” Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson. Afei, ɔhyɛɛ nʼakodɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔnto wɔn ngu fononoo no mu ogyadɛreɛ no mu. Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu. Na ɛsiane ɔhene no abufutrasoɔ ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyeehyeehye aborosoɔ no enti, asraafoɔ a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu ogyaframa no ano. Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn pampee no hwehwee ogya fononoo a ɛrederɛ no mu. Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ɔhuri teaam ahodwirie so guu nʼafotufoɔ no so sɛ, “Ɛnnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu fononoo no mu?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.” Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!” Na Nebukadnessar twe bɛnee fononoo a ogya redɛre wɔ mu no ɛpono ano, sɛdeɛ ɔbɛtumi, teaam sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Onyankopɔn asomfoɔ, momfiri mmra! Mommra ha!” Ɛno enti, Sadrak, Mesak ne Abednego firii ogya no mu baeɛ. Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho. Afei, Nebukadnessar kaa sɛ, “Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn. Ne saa enti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wɔbɛtwitwa wɔn mu asinasini na wɔadwiri wɔn afie ama adane wira. Onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye nkwa sɛɛ yi.” Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie wɔ Babiloniaman mu. Ɔhene Nebukadnessar, too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso! Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me. Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa! Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa! Nʼahennie yɛ daa ahennie; ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me. Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ. Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne sɛ, mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten. Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara. Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu. “Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu. Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so. Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. “ ‘Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so. “ ‘Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’ “Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.” Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.” Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so! Ao, Nana, wohunuu dua bi a ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ a ne tentene kɔduruu soro, na wohunu no asase nyinaa so. Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu. Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Ɛfiri sɛ, woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no kɔ akyirikyiri kɔduru asase ano. “Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’ “Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie. Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. Hyɛ a wɔhyɛ ma wɔgyaa dunsini no ne ne nhini no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wohunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, wo nsa bɛsane aka wʼahemman. Ne saa enti, Ao, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotuo. Gyae bɔneyɛ, na yɛ deɛ ɛtene. Gyae wʼatirimuɔdensɛm na yɛ ahummɔborɔ ma ahiafoɔ, na twe wo ho firi wo tete amumuyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yie.” Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. Abosome dumienu akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfie no abansoro atifi wɔ Babilonia no, ɔtoo nʼani, hwɛɛ kuro no mu, na ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ Babilonia kuro kɛseɛ a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenaeɛ de ahyɛ mʼahennie animuonyam ni anaa?” Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa sɛ, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo sɛ wonnyɛ ɔhene wɔ ahemman yi so bio. Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi sɛ wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ.” Amonom hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii sɛ, ne tirinwi yɛɛ atentene te sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ sɛ anomaa bɔwerɛ. Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Asase so nnipa nyinaa, wɔmmu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara. Na nnipa a ɛwɔ asase so mu biara ntumi nsi no ɛkwan anaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?” Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no. Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase. Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã. Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã. Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã. Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no. Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no, na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ. Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no. Enti, ɛmaa ɔhene no ho yeraa no yie, na nʼanim sesaeɛ. Nʼaberempɔn nso ho yeraa wɔn. Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar sɛ, “Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa! Ɔbarima bi wɔ wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ nteaseɛ nhunumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin wɔ nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so wɔ Babilonia. Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne nteaseɛ ahyɛ no ma. Ɔtumi kyerɛ daeɛ ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsane mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo atwerɛ no ase.” Enti, wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no sɛ, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo firii Yuda baeɛ no? Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame sunsum wɔ wo mu, na nteaseɛ nhunumu ne nyansa ahyɛ wo ma. Wɔde anyansafoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan atwerɛ a ɛgu ɔfasuo yi ho yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔntumi. Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase; na wosane nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wotumi kenkan atwerɛ a ɛwɔ ɔfasuo yi ho na wo kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban bɛgu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” Daniel buaa ɔhene no sɛ, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena hɔ na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ. “Nana, Ɔsorosoro Onyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, animuonyam ne anidie. Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii sɛ, nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ sɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. Nanso, ahomasoɔ maa nʼakoma ne nʼadwene yɛɛ den no no, wɔyii no firii nʼahennwa so, sii no fam, gyee nʼanimuonyam no. Wɔpamoo no firi nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wiram mmoa tenaeɛ. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww kɔsii sɛ, afei ɔhunuu sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn na ɔdi ewiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na ɔyi obi a ɔpɛ ma ɔdi so. “Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi. “Nkra a ɛtwerɛeɛ nie: Mene, Mene, Tekel, Parsin. “Saa nsɛm yi asekyerɛ nie: “Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ. “Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no. “Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.” Afei, Belsasar ma wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman no mu. Saa anadwo no ara, wɔkumm Babiloniahene Belsasar. Na Dario a ɔfiri Mede faa ahennie no a na wadi mfirinhyia aduosia mmienu. Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka. Na Daniel daa ne ho adi sɛ ɔnim de wɔ sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ, ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin. Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.” Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana wo nkwa so! Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu. Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.” Ɛno enti, ɔhene Dario twerɛɛ mmara no. Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no. Mpanimfoɔ no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fie kɔhunuu no sɛ ɔrebɔ mpaeɛ resrɛ Onyankopɔn mmoa. Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?” Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.” Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda atukɔfoɔ no mu baako no mmu wo, na ɔnni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Onyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da koro.” Ɔhene no tee saa no, ɛhaa no yie, na ɔdwene ho ara kɔsii anwummerɛ pɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa. Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana, anidie mu, wonim sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara mu no, wɔntumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.” Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.” Wɔde boɔ bɛhinii amena no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔano ne atitire nsɔano sosɔɔ ɛboɔ no sɛdeɛ obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. Afei, ɔhene no sane kɔɔ nʼahemfie a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyedeɛ biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa. Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. Ɔduruu hɔ no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ sɛ, “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?” Daniel teaam sɛ, “Nana wo nkwa so! Me Onyankopɔn somaa ne ɔbɔfoɔ bɛkataa agyata no ano, sɛdeɛ wɔrentumi nyɛ me bɔne, ɛfiri sɛ, wahunu sɛ, medi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara.” Ɔhene no ani gyee mmorosoɔ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu, enti woyii no. Wɔanhunu etwã biara wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ɔde ne ho too ne Onyankopɔn so. Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase. Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ: “Ɛnsi mo yie mmoroso! “Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn. “Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔn na ɔwɔ hɔ daa. “Nʼahennie rensɛe da biara da. Na ne tumi to rentwa da. “Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso; ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wɔ ɔsoro ne asase so. “Ɔno na wagye Daniel afiri agyata no nsam.” Enti, Daniel kɔɔ so dii yie wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so. Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too hɔ. Daniel kaa sɛ, “Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so. Afei, mmoa akɛseɛ ɛnan bi pue firii ɛpo no mu a wɔn mu biara bɔbea nko. “Na aboa a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwen. “Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sɛ sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!’ “Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ. “Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu. “Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. “Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu. “Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra. “Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.” “Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu. Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ: ‘Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina hɔ ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so. Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’ “Afei, mepɛɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso wɔ nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho yɛ hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Afei, mepɛɛ sɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei yɛ abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so. Mehwɛeɛ no, na saa abɛn yi atu ateneneefoɔ no so sa redi wɔn so nkonim, kɔsii sɛ, Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ sɛ, wɔfa ahemman no. “Afei, ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ, ‘Saa aboa a ɔtɔ so ɛnan yi yɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nso wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasini. Ne mmɛn edu no yɛ ahemfo edu a wɔbɛfiri saa ahemman no mu. Afei, ɔhene foforɔ bɛsɔre a ɔda nso wɔ edu a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu mmiɛnsa ase. Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefoɔ no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahodoɔ ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase kɔsi mmerɛ bi. “ ‘Nanso, abadwafoɔ bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.’ “Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu.” Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi. Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho. Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa. Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ. Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so. Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu. Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so. Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so. Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ. Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.” Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim. Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.” Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.” Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so. Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho. Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no. Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ. “Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre. Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ. Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu. “Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.” Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so. Ahasweros babarima Dario (a nʼase firi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahennie so no afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia sɛ, Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson. Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ. Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so. Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. “ Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ. Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so. Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti. Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da. Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no. “Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw. “Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.” Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no, na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ. Wohyɛɛ aseɛ sɛ worebɔ mpaeɛ pɛ no, mmuaeɛ baeɛ, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, wɔbu wo yie. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehunu no ase. “ ‘Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nson’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, sɛ wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo. “Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu. Mmerɛ aduosia mmienu ahodoɔ nson akyi no, wɔbɛkum Deɛ Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awieeɛ no bɛba sɛ nsuyire, na ɔko ne emu ahoyera bɛba akɔsi awieeɛ sɛdeɛ wɔahyɛ no. Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmerɛ ‘nson’ baako mu. Na mmerɛ ‘nson’ no mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba wɔ asɔredan no no mu, kɔsi sɛ awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so.” Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ wɔ anisoadehunu mu. Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa. Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ. Ɔbosome a ɛdi ɛkan no, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, ɛberɛ a megyina asubɔnten kɛseɛ Tigris konkɔn so no, mepagyaa mʼani na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ amapa abɔsoɔ a ɛfiri Ufas wɔ nʼasene mu. Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ. Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ. Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara. Na metee sɛ ɔrekasa, na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Nsa bi sɔɔ me mu, pagyaa me a me nsa ne me kotodwe rewoso biribiribiri. Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ. Afei, ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi. Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn. Seesei, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri sɛ saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho.” Ɛberɛ a ɔreka yei akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔree mum. Afei, obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no sɛ, “Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara. Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa bɛtumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mentumi nhome.” Deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro, wo a wɔbu wo bebree. Asomdwoeɛ nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” Ɔkasa kyerɛɛ me no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.” Enti ɔbisaa sɛ, “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛre, mɛsane akɔ na me ne Persia ɔhene babarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhene babarima bɛba; nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no. Na Mediani Dario ahennie afe a ɛdi ɛkan no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛgyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.) “Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie. Afei, ɔhene kɛseɛ bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ. Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ. “Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so. Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama. “Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho. Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho. “Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. Sɛ wɔde akodɔm no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafoɔ fam ɔhene no mu ma, na ɔbɛkunkum mpempem, nanso, ne nkonimdie no, ɛnkyɛre. Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa. “Saa mmerɛ no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Wɔn a wɔdi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfoɔ mu no bɛte atua sɛdeɛ ɛteɛ wɔ anisoadehunu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no. Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no. Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no. Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio. “Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu. “Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi. Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu. “Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti. Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no. Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu. “Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no. Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako. “Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu. Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wɔbu apam no so, nanso wɔn a wɔnim wɔn Onyankopɔn no bɛsɔre atia no dendeenden. “Anyansafoɔ bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso, berɛ bi mu no, wɔbɛtotɔ akofena ano, wɔbɛhye wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. Sɛ wɔhwe ase a, wɔbɛnya mmoa kakra, na bebree a wɔnni nokorɛ bɛkɔ akɔdɔm wɔn. Anyansafoɔ no mu bi bɛsuntisunti. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekaawa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛba ɛberɛ a wɔahyɛ no. “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho kɛseɛ asene onyame biara, na waka deɛ obi ntee da afa anyame mu Onyame no ho. Ɔbɛnya nkɔsoɔ akɔsi sɛ abufuo berɛ no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni. Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua. “Awieeɛ no duru a, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ ne ɛpo so akodɔm bebree ahyia no. Ɔbɛto ahyɛ aman bebree so na watwi afa wɔn so te sɛ nsuyire. Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu. Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfiri mu mfi. Ɔde ne nsa bɛto ademudeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyadeɛ nyinaa so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ ayɛ nʼasomfoɔ. Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. Ɔbɛsi nʼadehye ntomadan wɔ ɛpo no ne bepɔ kronkron fɛfɛ no ntam. Na nʼawieeɛ bɛba a ɔrennya mmoa biara. “Saa ɛberɛ no, Mikael, ɔhene babarima titire a ɔbɔ wo nkurɔfoɔ ho ban no bɛsɔre. Ahohia ɛberɛ bi bɛba a, ɛfiri aman no ahyɛaseɛ bɛsi saa da no, biribiara saa nsiiɛ da. Nanso saa ɛberɛ no, wo nkurɔfoɔ, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no, wɔbɛgye no nkwa. Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem. Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.” Afei, me Daniel mehwɛ hunuu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?” Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.” Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?” Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no. Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ. “Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron. Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no. “Wo Daniel deɛ, tintim kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na nna no awieeɛ no, wobɛsɔre na woakɔgye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapadeɛ no mu.” Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn. Ɛberɛ a Awurade dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔware odwamanfoɔ, na wo ne no nwo, ɛfiri sɛ ɔman no di adwamammɔ ho fɔ na wɔnam so atete wɔ ne Onyankopɔn ntam.” Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel, ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ. Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.” Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.” Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ. Na Awurade kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn. “Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’ Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.” “Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’ ” “Ka wo maame anim, ka nʼanim, na ɔnnyɛ me yere na mennyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no. Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no; mɛma wayɛ sɛ anweatam, mɛdane no asase a awo wesee na mama osukɔm akum no. Merennɔ ne mma, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma. Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’ Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan; mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan. Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. Afei, ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’ Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no. “Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. Enti afei mɛbɔ no adagya wɔ nʼadɔfoɔ anim; obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa. Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe. Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfoɔ akyi, medeɛ ne werɛ firii me,” deɛ Awurade seɛ nie. “Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ anweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ. Mɛsane de ne bobe mfuo ama no. Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no, anidasoɔ ɛkwan. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no. “Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpea ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu. Mɛware wo afebɔɔ; mɛyi tenenee ne atɛntenenee, ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo. Mɛware wo nokorɛ mu, ama woahunu Awurade. “Saa ɛda no, mɛgye wo so,” deɛ Awurade seɛ nie. “Mɛgye ɔsoro so, na ɔsoro de osuo bɛgye asase so, na asase nso bɛgye mfudeɛ so: bobe foforɔ ne ngo dua, na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’. Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.” Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no. Na meka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna.” Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ. Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu. Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ. Yei enti asase no di awerɛhoɔ na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu; ewiram mmoa, ewiem nnomaa ne ɛpo mu nam rewuwu. “Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ. Na mmom, mo asɔfoɔ mo na me ne mo anya. Mosunti awia ne anadwo, na adiyifoɔ no ne mo sunti. Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman. Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ enti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ; sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti, me nso mabu mʼani agu mo mma so. Asɔfoɔ no redɔɔso no na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ. Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho. Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ. Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka. “Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre, ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ, de wɔn ho ama adwamammɔ, nsã dada ne foforɔ, a ɛma me nkurɔfoɔ nteaseɛ tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ. Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan; wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: odum, duafufuo ne odupɔn ase, deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ. “Merentwe mo mmammaa aso sɛ wɔadane adwamanfoɔ, anaa mo nsenom mmaa aso sɛ wɔasɛe awadeɛ. Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ di hwebom. Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu! “Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na ɛmforo nkɔ Bet Awen. Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’ Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea? Efraim de ne ho abɔ ahoni; Gyaa no! Sɛ wɔn nsã sa koraa a, wɔtoa wɔn adwamammɔ so; wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie. Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ, na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn. “Montie mo asɔfoɔ! Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ! Monyɛ aso, Ao adehyefie! Saa atemmuo yi tia mo: Moayɛ afidie wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so. Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso. Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ. “Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu. Israel ahantan di tia no. Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn sunti saa ara. Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho. Wɔanni Awurade nokorɛ. Wɔwowoo adwamam mma. Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase. “Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn abɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen; Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim. Wɔbɛsɛe Efraim wɔ akontabuo da. Israel mmusuakuo no mu no mepae mu ka deɛ ɛwom. Yuda sodifoɔ no te sɛ wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ. Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so te sɛ nsuyire. Wɔhyɛ Efraim so, wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu, wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi. Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ. “Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda nso hunuu nʼakuro no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yadeɛ, na akuro no nso anwuwu. Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn. Afei, mɛsane akɔ me nkyi kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.” “Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro. Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. Momma yɛnnye Awurade nto mu; momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.” “Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera. Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam. Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ. Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ. Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ. Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu Israel gu ne ho fi. “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. “Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn, ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso daa adi. Wɔyɛ nnaadaafoɔ akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so. Na wɔnhunu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; ɛgu mʼanim ɛberɛ biara. “Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani. Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro. Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa. Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me. “Efraim ne aman no adi afra Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ. Ananafoɔ twe nʼahoɔden, nanso ɔnhunu. Ɛdwono aba ne tiri so, nanso nʼani mmaa so. Israel ahantan di adanseɛ tia no, nanso yei nyinaa akyi no ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso. “Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria. Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn. Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho. Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho. Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me. Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Misraim asase so. “Monhyɛn totorobɛnto! Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara. Afei, Israel su frɛ me sɛ, ‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’ Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ; ɔtamfoɔ bɛtaa no. Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho. To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn? Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no. “Wɔdua mframa na wɔtwa ntwahoframa. Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire; enti wɔrennya esam mfiri mu. Sɛ ɛso aduane mpo a, ahɔhoɔ na wɔbɛdi. Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara. Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ. Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase. “Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so. Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ. Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim. Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ; Yuda abɔ nkuro bebree ho ban. Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya a ɛbɛhye wɔn aban.” Nni ahurisie, Ao Israel; nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, wʼani gye adwamammɔ ho wɔ ayuporobea nyinaa so. Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn. Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria. Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu. Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso? Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ. Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ. Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma. Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho. “Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no. Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa, nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu. Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a! Mahunu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a ɛyɛ. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfoɔ no.” Fa ma wɔn, Ao, Awurade, ɛdeɛn na wode bɛma wɔn? Ma wɔn yafunu a ɛpɔn ne nufoɔ a nufosuo nni muo. “Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne enti mɛpam wɔn afiri me fie. Merennɔ wɔn bio; ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ. Efraim agyigya, ne nhini akusa, enti wɔnso aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.” Me Onyankopɔn bɛpo wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no; Wɔbɛkyinkyini aman no mu. Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ; ɔsoo aba maa ne ho. Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no, ɔsisii afɔrebukyia bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yie no ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no. Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu, enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no. Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?” Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, Wɔka ntam hunu na wɔyɛ apam ahodoɔ; ɛno enti mansotwe sɔresɔre te sɛ wira a borɔ wɔ mu a afifiri asase a wɔafuntum so. Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet Awen nantwie ba ohoni no. Ne nkurɔfoɔ bɛsu. Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu. Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho. Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” “Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa? Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho. Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so. Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so. Nanso, woadua atirimuɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakodɔm bebrebe no so, ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no. Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El, ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ ɛda no duru a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa. “Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ. Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ. Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ. Mede ayamyɛ ahoma ne ɔdɔ dii wɔn anim; meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu na mekoto maa wɔn aduane diiɛ. “Wɔbɛsane akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti. Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa. Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so. “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane. Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu. Wɔbɛdi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔm a, ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba. Wɔde ahopopoɔ bɛba te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia, Israel efie nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no. Efraim de mframa ayɛ aduane; ɔdi apueeɛ mframa akyi daa na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim. Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛeɛ so ka. Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin; ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so. Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim; ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom. Ɔhunuu no wɔ Bet-El ne no kasaa wɔ hɔ. Asafo Awurade Onyankopɔn, Awurade ne ne din a ahyeta! Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne tenenee mu, na twɛn wo Onyankopɔn daa. Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma; nʼani gye nsisie ho. Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu amumuyɛ biara wɔ me ho.” “Mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no. Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ, memaa wɔn anisoadehunu bebree na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.” Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa? Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ! Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa? Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ. Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so; Israel someeɛ de nyaa yere, ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa. Awurade nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim, ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no. Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya; nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka. Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ. Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.” Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ. “Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me. Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so. Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me. Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu. “Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ. Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no? Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ. Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ. Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, na abɔfra no nnim nyansa nti; sɛ berɛ no duru a, ɔmma awotwaa no ano. “Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu. Mɛgye wɔn afiri owuo nsam. Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he? Asaman wo sɛeɛ wɔ he? “Merennya ayamhyehyeɛ, mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afiri anweatam so; osuo rentɔ osutɔberɛ na nʼabura bɛwe. Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma deɛ ɛsom bo no nyinaa. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.” Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn. Wʼahweaseɛ firi wo bɔne! Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ. Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.” “Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio. Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam; ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro. Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon. Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.” Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene. Ateneneefoɔ nante so, nanso asoɔdenfoɔ sunti so. Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie. Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; montie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn? Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no. Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no ntutummɛ akɛseɛ no awe deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no ntutummɛ nkumaa no awe deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no ntutummɛ afoforɔ awe. Mo asabofoɔ, monyane, na monsu! Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo; montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no wɔayi afiri mo ano. Ɔman bi atu mʼasase so sa ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ. Wɔasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, ato agu agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ. Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu. Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ, wɔayi afiri Awurade efie. Asɔfoɔ no retwa adwoɔ, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no. Mfuo asɛe, asase no so awo wesee aduane no asɛe nsã foforɔ no awe ngo nyinaa asa. Mo ani nwu, mo akuafoɔ, mo ntwa adwo, mo a modua bobe; Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe. Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera. Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ mo a mosom Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie. Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade. Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ. Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na, sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa? Aba no wu wɔ asase wesee mu, adekoradan abubu, aburopata nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ nnuane no ahye. Sɛdeɛ anantwie su! Na anantwikuo kyinkyini kwa. Nnwankuo mpo rebrɛ ɛfiri sɛ wɔnni adidibea. Awurade, wo na mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa. Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so adidibea. Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ Awurade ɛda no reba, na abɛn koraa. Esum ne kusukuukuu ɛda. Omununkum ne esum kabii ɛda. Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no, saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ. Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhunu ne sɛso nso da. Egya rehye wɔ wɔn anim, ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam, biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so. Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm. Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wɔtu fa mmepɔ atifi, wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ, wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa. Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim to hoa. Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ; wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmmane benkum anaa nifa. Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara. Wɔto hyɛ kuropɔn no so wɔtu mmirika fa afasuo no so wɔforo kɔ afie mu, wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ. Asase woso wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsrane duru sum, na nsoromma nnhyerɛn bio. Awurade bobom de di nʼasraadɔm no anim. Nʼakodɔm no dɔɔso bebree, ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so. Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu; hwan na ɔbɛtumi agyina ano? “Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.” Sunsuane wʼakoma na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu. Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ. Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so, na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso. Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ na wagya nhyira, a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no. Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro, momfrɛ nhyiamu kronkron. Mommoaboa nnipa no ano monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanimfoɔ, mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra. Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “ Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ” Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ. Awurade bɛbua sɛ, “Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo, a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn. Merenyɛ mo ahohoradeɛ mma aman no bio. “Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ. Monnsuro, me nkurɔfoɔ! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho. Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ. Monnsuro, mo wiram mmoa! Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm. Nnua no reso wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba. Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu, ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo, ne nokorɛdie enti. Watɔ nsuo bebree ama mo wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no. Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu. “Mɛhyɛ mo anan mu, deɛ mohwereeɛ mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma, ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no. Wobɛdidi amee, na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo; me nkurɔfoɔ ani renwu bio. Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel, wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.” “Na akyire yi, mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ, mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu. Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa. Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn. Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya. Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa. Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,” sɛdeɛ Awurade aka no. “Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba. Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu. Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu. Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto, Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman. Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã, a wɔbɛnom. “Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu. Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri. “Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka. Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa. Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko. Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!” Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade ! “Wɔnkanyane aman no; wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn. Monhwim kantankrankyi no, ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so. Mommra, montiatia bobe no so, ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma na ankorɛ no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!” Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu. Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio. Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ. “Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio. “Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu, na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so; Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asutire bɛtue afiri Awurade efie, na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo. Nanso Misraim bɛdane amanfo, na Edom nso bɛyɛ anweatam, ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti. Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ. Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no, mede bɛkyɛ. Na me Awurade, mɛtena Sion!” Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no. Ɔkaa sɛ: “ Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead. Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no. Mɛbubu Damasko apono, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ. Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu, na ahye nʼaban no. Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Deɛ Awurade seɛ nie: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔfaa ɔman mu no nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, a wankae onuadɔ apam. Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, na ahye nʼaban.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena taataa ne nua, a wannya ayamhyehyeɛ biara. Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano. Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu de trɛɛ nʼahyeɛ mu. Mede ogya bɛto Raba afasuo mu na ahye nʼaban wɔ ɔko da mu nteateam ne ahum da ntwaho mframa mu. Na ne ɔhene ne mmapɔmma bɛbom akɔ nnommumfa mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Deɛ Awurade seɛ nie: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔhyee Edomhene nnompe, ma ɛdanee nsõ. Mede ogya bɛto Moab mu, na ahye Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ, ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. Mɛsɛe ne sodifoɔ na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Deɛ Awurade seɛ nie: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛdeɛ so ɛfiri sɛ atorɔ anyame no ama wɔafom ɛkwan no, anyame a wɔn nananom dii akyire no. Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa. Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi. Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ. “Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim, ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne nhini wɔ nʼase. Meyii wo firii Misraim, na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo. Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” Deɛ Awurade bisa nie. “Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm. “Na afei, mɛdwerɛ mo sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no. Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane. Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden, na akofoɔ rennya ne ho ntete. Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina. Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane, na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa. Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane wɔ saa da no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa: “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.” Nnipa baanu bɛtumi abom anante, wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa? Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? Ɔpɔ so wɔ ne buo mu wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa? Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? Afidie hwan wɔ ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa? Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa? Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyeɛ adi nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no. Gyata no abobom, hwan na ɔnnsuro? Otumfoɔ Awurade akasa, hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm? Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu. Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.” Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie. “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn na abu ahwe fam. Mɛdwiri awɔberɛ efie ne ahuhuro berɛ efie agu; na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so, mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!” Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, “Ampa ara ɛberɛ no bɛba a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no. Momu biara bɛpue akɔ, na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na mo nkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara. Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie. “Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ. Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.” Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din. Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho: “Ɔbabunu Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no ɔno ara asase so, na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.” Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no, emu ɔha pɛ na ɛbɛka; Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no, emu edu pɛ na ɛbɛka.” Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa; Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; ɛbɛhye, na Bet-El rennya obi nnum no. Mo a moma atemmuo yɛ nwono na mototo tenenee ase. Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade. Ɔsɛe abandenden ntɛm so na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa. Motiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, nanso morentena mu; ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ nanso morennom emu nsã. Na menim mo mmarato dodoɔ ne mo bɔne akɛseɛ no. Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ. Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne. Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho, sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no. Monkyiri bɔne, na monnɔ papa; Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ. Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn bɛnya ahummɔborɔ ama Yosef nkaeɛfoɔ. Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu na agyamfoɔ abɛtwa adwo. Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann. Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim na ɔkohyia sisire, sɛ deɛ owura ne fie de ne nsa to ɔfasuo so, na ɔwɔ ka no. Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu. “Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ, nanso merennye. Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me nanso mʼani rensɔ. Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so! Merentie mo asankuten so nnwom. Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da! “Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,” sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie. Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion, ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so, mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu, a Israelfoɔ ba mo nkyɛn! Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa? Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda na motwe Atemmuo da bɛn. Modeda asonse mpa so mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, na mowe nnwammaa ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam. Mode mo sankuten to ahuhudwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid. Monom nsã nkorama mu na mode sradehwam papa yɛ mo ho, na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho. Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa. Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mekyiri Yakob ahomasoɔ na memmpɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.” Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din. Na Awurade ahyɛ mmara na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini ne afie nketewa no nso mu nketenkete. Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa? Na obi de nantwie funtum hɔ anaa? Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro. Na tenenee nso ayɛ nwononwono. Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho, na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?” Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.” Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.” Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ. Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.” Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.” Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.” Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio. “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.” Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. Deɛ Amos reka nie: “ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ” Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.” Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ, “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ, na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’ “Enti asɛm a Awurade ka nie: “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ” Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu. Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?” Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.” Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.” Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!” Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so, na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so, na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ, na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn. Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da. “Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa, na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa? Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil ɛbubu afa so, na asane atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.” Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, na mama esum aduru asase so awia ketee. Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. Mɛma mo nyinaa afira ayitoma na mayi mo tirinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono. “Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm. Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhunu. “Na saa da no “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti. Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.” Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwoso. Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nnwane obiara remfiri mu mfi. Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten. Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din! “Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa? “Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mɛhyɛ, na mɛwoso Israel efie, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no. Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’ “Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. “Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba. Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie. Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie: Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.” Awurade ka kyerɛ Edom sɛ: “Hwɛ mɛbrɛ wo ase, mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtia. Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’ Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa? Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso. Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bɛdi wo hwammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, nanso, wonhunuiɛ. “Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa? Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase. Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa. Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako. Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no. Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu. Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ kunkumm nʼadwanefoɔ Na woyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu. “ Awurade ɛda no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso. Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ. Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ. Yakob efie bɛyɛ ogya na Yosef efie ayɛ ogyaframa; Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi na wɔde ogya bɛto mu ahye no a obiara renka wɔ efie hɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie. Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no bɛtena Esau mmepɔ so, Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no, bɛfa Filistia asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so, na Benyamin nso afa Gilead. Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat; na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so. Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so, akɔdi Edom mmepɔ so. Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea! Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn sɛ, “Kɔ kuropɔn kɛseɛ Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn sɛ wɔn atirimuɔdensɛm aforo abɛduru mʼanim.” Nanso, Yona dwane firii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na ɛhɔ ɔkɔnyaa ɛhyɛn a ɛrekɔ Tarsis. Ɔtuaa ka kɔtenaa ɛhyɛn no mu, sɛ ɔrefiri Awurade anim akɔ Tarsis. Nanso Awurade maa mframa kɛseɛ bi bɔɔ wɔ ɛpo no so; ɛmaa ahum tuiɛ a, anka ɛhyɛn no rebɛbɔ. Ɛhyɛn no mufoɔ no nyinaa surooɛ na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo adwadeɛ a ɛwɔ ɛhyɛn no mu guguu ɛpo no mu sɛdeɛ ɛhyɛn no mu bɛyɛ herɛ. Nanso na Yona akɔhyɛ ɛhyɛn no ase baabi ada hatee. Ɛna ɛhyɛn no so panin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ, na yɛannwuwu.” Afei ɛhyɛn no mufoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ deɛ saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. Enti wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛ yɛn, hwan na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wo fire? Ɔman bɛn so na wofiri? Ɛhefoɔ ne wo nkurɔfoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a, ɔbɔɔ ɛpo ne asase.” Yei bɔɔ wɔn hu, enti wɔbisaa Yona sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ?” (Na wɔnim sɛ ɔredwane afiri Awurade nkyɛn, ɛfiri sɛ na waka saa akyerɛ wɔn dada). Na ahum no kɔ so tu dendeenden ara. Enti wɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?” Yona buaa wɔn sɛ, “Momma me so nto me ntwene ɛpo yi mu, na ano bɛdwo. Menim sɛ me enti na ahum kɛseɛ yi retu mo so.” Mmarima no yɛɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛhare ɛhyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, ɛsiane sɛ na ɛpo so ahum no ano ayɛ den asene kane no. Afei wosu frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Awurade yɛsrɛ wo mma yɛn nwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa enti. Mma yɛn nni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, ɛfiri sɛ, Ao Awurade wayɛ deɛ wo pɛ.” Afei, wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo a na ɛrehuru soɔ no yɛɛ dinn. Yei maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ. Na Awurade maa apataa kɛseɛ bi bɛmenee Yona, na Yona daa apataa no yam nnansa, awia ne anadwo. Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ. Ɔkaa sɛ, “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ɔgyee me so. Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa na wotiee me sufrɛ. Wotoo me twenee ebunu mu wɔ ɛpo ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so. Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’ Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu, ebunu no twaa me ho hyiaeɛ; ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho. Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wogyee me nkwa firii amena mu, Ao Awurade, me Onyankopɔn. “Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu. “Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea. Nanso me, mede ayɛyie nnwom bɛbɔ afɔdeɛ ama wo. Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagyeɛ firi Awurade.” Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so. Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ, “Kɔ Ninewe kuropɔn kɛseɛ no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.” Yona yɛɛ ɔsetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titire a wɔde nnansa na ɛhunu hɔ nyinaa. Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.” Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma. Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom. Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ. Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ. Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho. Enti Ao Awurade ! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.” Na Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?” Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so. Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho. Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ. Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.” Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?” Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.” Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm. Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?” Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho. Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu. Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so. Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so. Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa? “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ. Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.” Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo. Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; abɛduru Yuda. Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano mpo aduru Yerusalem ankasa. Monnka no wɔ Gat monnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ monyantam mfuturo mu. Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ. Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano. Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu. Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo. Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo mo a mote Maresa. Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no bɛba Adulam. Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn akɔ nnommumfa mu. Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. Wɔn ani bere mfuo na wɔgye. Na afie nso wɔfa. Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie, na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye. Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne. Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ” Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no. “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguaseɛ rento yɛn.” Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa? Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono. Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ. Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio. Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ. “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya. Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ. Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.” Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee, Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho; mowe me nkurɔfoɔ nam, mowae wɔn wedeɛ, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; motwitwa wɔn sɛ ɛnam a mode regu kwansɛn mu.” Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti. Deɛ Awurade seɛ nie: “Adiyifoɔ a wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa. Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu, esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no, na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn. Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.” Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne. Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa; Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem. Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn, nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ, “ Awurade nni yɛn ntam anaa? Ɔhaw biara remma yɛn so.” Na mo enti, wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo, Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ, na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so. Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa, na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ. Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba. Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmɛhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa. Amanaman no nyinaa bɛtumi anante wɔn anyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade, yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa. “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano. Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so, atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ. Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so afiri da no akɔsi daa. Na wo, nnwankuo no abantenten, Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden, wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo; Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.” Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu? Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu kɔtena ɛserɛ so. Wobɛkɔ Babilonia; na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ. Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo afiri wʼatamfoɔ nsam. Seesei deɛ, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!” Nanso, wɔnnim Awurade adwene. Wɔnte nʼagyinatuo ase. Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi de kɔ ayuporobea. “Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion, mɛma wo dadeɛ mmɛn; mɛma wo kɔbere ntɔte na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura. Mommoaboa mo akodɔm ano, Ao akofoɔ kuropɔn, ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so. “Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.” Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho. Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ. Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ. Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nnwanhwɛfoɔ nson, mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn. Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so, wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam. Yakob asefoɔ nkaeɛ no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade, te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so a ɛnntwɛn ɔdasani, na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan. Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn. Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam. Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu. Mɛsɛe wʼabayisɛm na wo ntafowayie to bɛtwa. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ ne aboɔ ahoni a wowɔ no, na worenkoto nsɔre wo nsa ano adwuma bio. Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu na masɛe wo nkuropɔn. Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.” Montie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim; momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka. “Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ; tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ; ɔrebɔ Israel soboɔ. “Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me! Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso. Me nkurɔfoɔ, monkae afotuo a Moabhene Balak, maeɛ ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ. Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal, na monhunu Awurade akwantenenee.” Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa anantwie mma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa? Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ, anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti? Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu. Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no. Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ, ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa? Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu, ne nsisie nkariboɔ na ɔmfa ne ho nni anaa? Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo, Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo. Mobɛdidi, nanso moremmee; ɛkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena. Mobɛdua nanso morentwa. Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi. Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi. Moadi Omri mmara so. Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie. Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi, ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so. Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ; na amanaman bɛbu mo animtia.” Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ aduaba tefoɔ a otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu; mennya bobe siaw na madi, borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara. Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so. Anka ɔbaako a ɔtene mpo. Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie. Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho. Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho. Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabaa sɔre tia ne maame, asebaa nso tia nʼase na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu. Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me. Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ! Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre. Esum aduru me deɛ, nanso Awurade bɛyɛ me hann. Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so, kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembuo adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mɛhunu ne tenenee. Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu na wɔn ani bɛwu, deɛ ɔsee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?” Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ; mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so. Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu. Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so. Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛɛ enti. Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. “Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.” Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi. Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo. Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi. Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu. Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob na wahunu Abraham mmɔbɔ sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam teteete no. Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so. Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim. Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim. Awurade yɛ, ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu. Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma ne mprenu so. Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano. Ao, Ninewe, wo mu na deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade na ɔtu fo bɔne no firie. Deɛ Awurade seɛ nie: “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio. Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo a ɛsisi wʼabosonnan mu no. Mɛsiesie wʼadamena ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.” Hwɛ mmepɔ no so, deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Ao, Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa. Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɛkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano! Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no te sɛ Israel deɛ no, ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuo. Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim. Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, na wɔdi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam. Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado. Wɔbuebue asubɔnten apono no, na ahemfie no dwiri gu fam. Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma. Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a emu nsuo resene korɔ. Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso, obiara ansane nʼakyi. Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso. Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa. Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro? Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama. “Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie na akofena bɛkunkum wʼagyata mma. Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.” Nnome nka mogya kuropɔn a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma na amanehunufoɔ mmpa mu da! Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye. Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ. Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa. “Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. Mɛma amanaman ahunu wʼadagya na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ. Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo. Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?” Woyɛ sene Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsuo atwa he ho ahyia anaa? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsuo yɛ ne fasuo. Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho. Nanso wɔfaa no dommum twaa no asuo. Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔntene so. Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto, na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn. Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ Na wo bɛhinta wo ho de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn. Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a aso aba foforɔ: sɛ wɔwoso a aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi. Hwɛ wʼakofoɔ wɔn nyinaa yɛ mmaa! Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ; ogya ahye wʼapono no akyiri adaban. Sesa nsuo sie ma otua no. Yere wo banbɔ mu! Wɔ dɔteɛ no na siesie ntayaa a wato no! Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ; akofena bɛtwa wo ahwe fam, na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam. Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ! Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso, wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wɔtu kɔ. Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo a wɔsensam ban ho awɔ da. Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ. Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so a wɔnni anoboaboafoɔ. Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no; wo pira no mu yɛ den. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho, Na hwan koraa na wommɔɔ no atirimuɔden da? Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehunu mu. Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me. Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia. Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo. “Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni. Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea. Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho. Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa. Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa, na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea. Wɔmmmu ahene, wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw, na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden. Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ. Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. Afɔdifoɔ a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.” Ao, Awurade, wonni hɔ firi tete anaa? Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. Ao, Awurade, woapa wɔn sɛ wɔmmu atɛn; Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso. Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne; wonnyegye bɔne so. Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so, na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ a atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ? Woama nnipa ayɛ sɛ nsuomnam a ɛwɔ ɛpo mu, te sɛ abɔdeɛ a ɛwɔ ɛpo mu a wonni sodifoɔ. Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn, ɔgu nʼasau de buma wɔn, na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye. Ne saa enti ɔbɔ afɔdeɛ ma nʼasau na wahye aduhwam ama no, ɛfiri sɛ asau yi so na ɔnam nya ateyie, na ɔdi nʼakɔnnɔ aduane. Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, na ɔmfa atirimuɔden nsɛe aman anaa? Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi. Afei, Awurade buaa sɛ, “Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so ma emu nna hɔ pefee ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ. Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi; ɛka awieeɛ ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn, ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. “Hwɛ, wama ne ho so; nʼapɛdeɛ ntene, nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. Nokorɛm, nsã ayi no ama wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum. “Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’ Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so. Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo na wɔbɛtwi afa wo so. Esiane sɛ woafo aman bebree enti, wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi. Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu. “Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman, a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea, sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu. Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina, de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so. Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu. “Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn na ɔnam awudie so kyekyere kuro. Asafo Awurade ahyɛ sɛ, nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye. Aman no brɛ gu kwa. Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no. “Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã, Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro, na afei woahwɛ wɔn adagya. Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu. Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan. Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so, Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo, ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu. Woaka nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu. “Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu? Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ? Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa. Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’ Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ahomeɛ nni mu.” Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim. Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom: Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho, Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so. Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu. Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu. Onyankopɔn firi Teman baeɛ, Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so, Nʼanimuonyam kata ɔsoro, na nʼayɛyie hyɛ asase so ma. Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia. Ɛhan no twa ogya firi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahinta. Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ. Sɛ ɔgyina a, asase woso. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso. Tete mmepɔ dwiri, na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so. Nʼakwan nntwa mu da. Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ ne Midianfoɔ atenaeɛ a agyigya. Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no? Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa ɛpo, ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdie nteaseɛnam nam. Woyii wo tadua, Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree. Wode nsubɔntene paapae asase mu. Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro. Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ, ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no. Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so na wode abufuo tiatiaa aman no so. Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase. Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa. Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ. Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no. Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu. Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu. Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ, ɔma me nante sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so. Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so. “Mɛpra biribiara afiri asase so” deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa. Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,” deɛ Awurade seɛ nie. “Mɛtene me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam, wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.” Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho. “ Awurade afɔrebɔ ɛda no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso. Saa ɛda no mɛtwe wɔn a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no. “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba. Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase, dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘ Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.” Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara. Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda, ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda, ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda, ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda. “Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ. Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim. Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, Ao, animguaseɛ ɔman, ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru, na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ no aba mo so, ansa na Awurade abufuo ɛda no aba mo so. Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no. Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase. Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka. Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo. Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn. “Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho. Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.” Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti. Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. “Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.” Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so. Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ. Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so. Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi! Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn. Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu, ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ. Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafoɔ. Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne. Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, na ɔnni hwammɔ da, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo. “Masɛe amanaman; madwiri wɔn abandenden agu. Wɔn mmorɔno so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; a obi biara renka. Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu. Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye. “Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no. Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me. Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurisie na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔ kronkron no so. Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so. Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.” To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem! Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio. Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo. Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho. “Mo awerɛhoɔ to bɛtwa ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; mo anim rengu ase bio. Saa ɛberɛ no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; Mɛgye mmerɛyɛfoɔ na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so. Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ Awurade ka nie. Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua. Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ” Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so: “Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?” Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.” Asɛm a Otumfoɔ Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade ka. “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie. Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ. Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.” Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. Na Hagai, Awurade somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade seɛ. Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase, wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no. Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, Awurade de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ: “Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ, ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na Awurade seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. Awurade na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’ “Yei ne asɛm a Asafo Awurade seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso. Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo Awurade seɛ. ‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo Awurade seɛ. ‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.” Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai. “Asɛm a Asafo Awurade ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ” Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.” Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?” Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.” Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi. “ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no. Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ. Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na Awurade seɛ. Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yie. Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa? “ ‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’ ” Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan: “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase. Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho. “ ‘Ɛda no’ Asafo Awurade ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.” Ɔbosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn sɛ: “ Awurade bo fuu mo tete agyanom. Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie. Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifoɔ a wɔdii ɛkan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade seɛ: Monnane mfiri mo akwammɔne ne nneyɛeɛ bɔne ho,’ nanso wɔantie no na wɔanyɛ aso amma no. Mo tete agyanom wɔ he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa? Na me nsɛm a menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ so kaeɛ no, amma mo tete agyanom no so anaa? “Afei wɔnuu wɔn ho na wɔkaa sɛ, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn deɛ ɛfata yɛn akwan ne nneyɛeɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ” Na ɛda a ɛtɔ so aduonu ɛnan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn. Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam wɔ bɔnhwa tiaa a emu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa wɔ nʼakyi. Mebisaa sɛ, “Yeinom ase ne sɛn, me wura?” Ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no buaa sɛ, “Mɛkyerɛ wo adekodeɛ a wɔyɛ.” Enti, ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua ntam mu no kyerɛɛ aseɛ sɛ, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ ewiase afanan nyinaa no.” Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu sɛ ewiase nyinaa wɔ ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ.” Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Asafo Awurade, ɛnkɔsi da bɛn na wobɛyi wʼahummɔborɔ afiri Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson yi so?” Enti, Awurade kaa abodwosɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no. Afei ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no kaa sɛ, “Pae mu ka saa asɛm yi: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yie, nanso, me bo afu aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfu wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’ “Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Kɔ so pae mu ka sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Nnepa bɛbu so wɔ me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ” Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan! Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa me sɛ, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.” Na Awurade kyerɛɛ me adwumfoɔ ɛnan. Mebisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?” Ɔbuaa sɛ, “Mmɛn ɛnan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne tiri so, nanso adwumfoɔ yi aba sɛ wɔrebɛhunahuna wɔn, na woatutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no peteeɛ no.” Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim! Mebisaa no sɛ, “Ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene.” Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti. Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’ “Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!” Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua. Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me. “Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri sɛ wakanyane ne ho wɔ nʼatenaeɛ kronkron hɔ.” Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ. Na Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “ Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?” Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.” Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ. Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu. “ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba. Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne. “ ‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.” Afei, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sanee nʼakyi bɛnyanee me, sɛdeɛ wɔnyane obi firi ne nna mu no. Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara wɔ ne dorobɛn sisi so. Bio, ngo nnua mmienu sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, ɛna baako nso wɔ ne benkum so.” Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn, me wura?” Ɔbuaa sɛ, “Wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?” Mekaa sɛ, “Dabi, me wura.” Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ” Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. “Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye. “(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)” Na mebisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no yɛ ɛdeɛn?” Na mebisaa no bio sɛ, “Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani yɛ akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no yɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Enti wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?” Mebuaa sɛ, “Dabi, me wura.” Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.” Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu wɔ ewiem wɔ mʼanim! Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no. Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’ ” Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.” Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.” Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ! Ɔkaa sɛ, “Yei yɛ atirimuɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so. Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam. Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na sɛ, wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa.” Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den. Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Me wura, yeinom yɛ ɛdeɛn?” Ɔbɔfoɔ no buaa me sɛ, “Yeinom yɛ ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ. Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔeɛ fam; na deɛ apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafoɔ fam.” Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa. Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.” Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie. Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no. Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’ Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ wɔ Awurade asɔredan mu. Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.” Ɔhene Dario adedie mfeɛ ɛnan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔbosome a ɛtɔ so nkron a wɔfrɛ no Kislew no ɛda ɛtɔ so ɛnan no mu. Na Bet-Elfoɔ asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade. Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?” Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa? Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa? Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kane adiyifoɔ so paee mu kaaeɛ, wɔ ɛberɛ a Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoeɛ ne mpontuo no, ɛberɛ a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ no so anaa?’ ” Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio: “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho. Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.’ “Nanso wɔanntie; wɔde asobrakyeɛ danee wɔn akyi na wɔsisii wɔn aso. Wɔyɛɛ wɔn akoma den sɛ twerɛboɔ, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kane adiyifoɔ no. Ɛno enti, Asafo Awurade bo fuu yie. “ ‘Mefrɛeɛ no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. ‘Mede ntwahoframa bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ. Asase a wogyaaɛ no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sei na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛeɛ.’ ” Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibereɛ so.” Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkɔkoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔntene so bio a obiara kura poma, ɛsiane onyini enti. Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so. Mede wɔn bɛsane aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn wɔ nokorɛ ne tenenee mu.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no; adiyifoɔ a na wɔwɔ hɔ ɛberɛ a wɔtoo Asafo Awurade fie fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no. Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. Nanso, afei deɛ, merenyɛ nkaeɛfoɔ yi sɛdeɛ meyɛɛ kane no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Aba no bɛnyini yie, bobe bɛso nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduane na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosuo. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkaeɛfoɔ yi sɛ wɔn agyapadeɛ. Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso mɛgye mo na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyɛ mo ho den.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔborɔ ɛberɛ a mo agyanom fuu me bo no, saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ, mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yie. Monnsuro. Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Monni mo ho mo ho nokorɛ. Mommu atɛntenenee wɔ mo asɛnniiɛ; mommmɔ po bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mekyiri saa nneɛma yi nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Abosome ɛnan, enum, nson ne edu mu mmuadadie no bɛyɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmerɛ, na ɛbɛyɛ anigyeɛ afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara, na nnipa a wɔfiri kuropɔn baako so bɛkɔ foforɔ so akɔka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ seesei ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me deɛ, merekɔ.’ Na nnipa bebree ne aman akɛseɛ bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakoto asrɛ no.” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nna no mu, nnipa edu a wɔka kasa ahodoɔ na wɔfiri aman ahodoɔ so bɛba abɛsɔ Yudani atadeɛ mmuano mu na wɔbɛka sɛ, ‘Wo ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ” Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so. Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ. Tiro asi abandenden ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so. Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ. Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo. Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu. Mɛyi mogya afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ. Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn. Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ. Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano. Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu. Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho. Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena. Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so; nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam. Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu, Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso. Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan. Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so, sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho. Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara. Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara. Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so. “Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara. Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so. “Mɛhyɛ Yuda fie den na magye Yosef fie no nkwa. Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ mempoo wɔn mpo, na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn na mɛgye wɔn so. Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu. Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no. Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba. Mede wɔn bɛfiri Misraim aba mɛboa wɔn ano afiri Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensene hɔ. Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu, nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn. Nil mu nsuo nyinaa bɛwe Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempoma bɛtwam. Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnante,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Buebue wʼapono, Ao Lebanon, na ogya mmɛhye wo ntweneduro! Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no! Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie agyata no mmobom; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe! Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea. Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn. Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.” Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie. Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no. Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.” Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm. Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no. Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no. Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio. Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte. “Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ, na ɔdwane gya nnwankuo no! Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa. Nʼabasa no nwu koraa, na nʼani nifa no mfira koraa!” Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie: “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho. Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani. Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔ wɔn akoma mu sɛ, ‘Yerusalemfoɔ yɛ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri sɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Onyankopɔn.’ “Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ. “ Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam. Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim. Saa ɛda no, mɛhyɛ aseɛ asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa. “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwire me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba korɔ ho, na wɔasu yaaya te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ wɔ Megido asase tam so. Asase no sofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid fie abusua ne wɔn yerenom, Natan fie abusua ne wɔn yerenom, Lewifie abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom. “Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi. “Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so. Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan. “Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ” “Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no. Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so. Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘ Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ” Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu. Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu. Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no. Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam. Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel. Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho. Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ. Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu. Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ. Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho. Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ. Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu. Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako. Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyadeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne aduradeɛ bebree. Saa ɔyaredɔm korɔ yi ara bɛka apɔnkɔ, mfunumpɔnkɔ, nyoma, mfunumu ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfoɔ nsraban mu nyinaa. Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osuo rentɔ mma wɔn. Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa. Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA Awurade wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ Awurade fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim. Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio. Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel. “Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ” Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob, na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.” Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.” Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa. Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘ Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’ “Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa. Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din. “Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’ “Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ “Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti. Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa. “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Nanso mode kasa fi ka sɛ Awurade ɛpono ho nte. Na mobu ɛso aduane nso animtia. Na moka sɛ adesoa bɛn nie, na moyi mo ani firi mʼasɛm so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, a wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔdeɛ ma me a, me nsɔ mu anaa?” Yei na Awurade bisa. “Nnome nka osisifoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nnwankuo mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wɔsuro me din wɔ amanaman mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Afei mo asɔfoɔ, saa animka yi wɔ mo. Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Mo enti mɛka mo asefoɔ anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. Na mobɛhunu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoeɛ apam. Na apam no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma Lewi nkwa ne asomdwoeɛ, enti memaa no nkwa ne asomdwoeɛ. Nokorɛ nkyerɛkyerɛ firii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne nokorɛdie mu, na ɔmaa bebree danee wɔn ho firii bɔne ho. “Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafoɔ. Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.” Yɛn nyinaa mfiri Agya baako anaa? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn enti na yɛnni yɛn ho yɛn ho nokorɛ, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so? Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame. Ɔbarima a ɔyɛ yei deɛ, sɛdeɛ ɔteɛ biara, Awurade mpam no mfiri Yakob ntomadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ rebrɛ Asafo Awurade no koraa a. Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ Awurade afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn. Mobisa sɛ, “Adɛn nti?” Ɛfiri sɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam, a woanni no nokorɛ. Ɛnyɛ Awurade korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ. “Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ Awurade Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ. Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso. Mobisa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” Moka sɛ, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa tene wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn ɔtemmufoɔ nokwafoɔ no wɔ he?” Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina. Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu, na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no. “Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no. Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’ “Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’ “Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu. Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno. Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ? Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’ ” Ɛnna wɔn a wɔsuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na Awurade tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro Awurade na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ. “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo Awurade seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no. Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam. “Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn. Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu. Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa. “Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.” Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi: Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom. Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram. Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson; Nahson nso woo Salmon. Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai. Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo. Salomo woo Rehoboam; Rehoboam woo Abia; Abia woo Asa. Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia. Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia. Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no. Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel. Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor. Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud. Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob; Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo. Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan. Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron. Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam. Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.” Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ: “Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.” Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.” Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ: “ ‘Ao kuro Betlehem, wo a wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu, wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi me ɔman Israel anim afiri.’ ” Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.” Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ. Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom. Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.” Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu. Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no. Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ, “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”. Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.” Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea. Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu. Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm wɔ Yudea ɛserɛ so sɛ, “Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn” Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene!’ ” Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi. Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano? Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no. “Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa.” Yesu tee Yohane Osubɔni nka no, ɔfiri Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. Yohane hunuu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Yei enti, ɔkaa sɛ, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.” Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛtwa ara na ɛtwa sɛ wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkaeɛ no enti, Yohane bɔɔ no asu. Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma. Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.” Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.” Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ ” Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina hɔ si fam, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo, na woammɛhwe abotan so.’ ” Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ ” Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa. Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.” Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ” Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no. Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so. Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ, “Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo ɛkwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanfoɔ te hɔ, nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owuo asase so.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.” Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra.” Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ. Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi. Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi. Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, “Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ. Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so. Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn. Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ. Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn. Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma. Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea. “Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no. “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so. “Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam. “Monnsusu sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu. Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu. Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɛ. “Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu. “Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no. “Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no. “Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman. Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu. “Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara. “Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn. Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam. “Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no. “Moate sɛ wɔaka sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo. Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri sɛ, ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? Sɛ mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no. “Monhwɛ yie na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa, amfa ampɛ animuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfasoɔ biara mfiri mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn. “Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhunu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhunu, na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka. “Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka. Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo. Mo Agya Onyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no. “Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ: “ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho nte. Wʼahennie mmra. Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’ Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo. Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.” “Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. Sɛ wodi mmuada a, nunu wo tirim, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmm, na mma nnipa nhunu sɛ woredi mmuada, agye wʼAgya a ɔhunu deɛ woyɛ wɔ kɔkoam nyinaa no nko ara; na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka. “Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so, deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakye na asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia. Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia. Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ. “Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno enti sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nyinaa yɛ hann. Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii. “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtan ɔbaako, na wadɔ ɔbaako anaasɛ ɔbɛsom ɔbaako yie, na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahodeɛ. “Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira. Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? “Adɛn enti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ sukooko. Wɔnnyɛ adwuma, anaasɛ wɔnwene ntoma ho. Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru sukooko yi. Na sɛ Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ na ɔkyena ɛnni hɔ ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo? Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho. Na wɔn a wɔnni gyidie no na ɛberɛ biara wɔdwene saa nneɛma no ho. Na mo deɛ, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho. Enti, monnnwennwene ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de deɛ ɛhia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm. “Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo. “Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so. Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no. “Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so. “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo. Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no. “Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ? Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no. Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara. “Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu. Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so. “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho. Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne. Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa. Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no. Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban. “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’. Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’ “Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so. Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so. Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so. Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.” Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no. Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.” Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.” Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ, “Awurade, mʼabɔfra abubu gu hɔ a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛba abɛsa no yadeɛ.” Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den. Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.” Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da. Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu. Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ.” Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no! Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ. Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn. Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu. Yesu hunuu sɛ ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntwa nkɔ asuogya nohoa. Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!” Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!” Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.” Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”. Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!” Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?” Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi. Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.” Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ. Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu wɔ hɔ no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ɔman mu hɔ nkɔ. Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu. Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.” Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!” Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa? Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’ ” Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.” Amonom hɔ ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie! Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa! Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi. Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ. Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?” Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn.” Ɔsane kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.” Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada. “Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ. Hwan na ɔde nsã foforɔ bɛgu aboa nwoma nsã nkotokuo dada mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsã no bɛpae nkotokuo no ama nsã no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsã no mu biara ansɛe.” Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.” Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie. Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.” Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no. Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no. Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ. Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!” Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!” Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.” Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro. Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!” Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no.” Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree. Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.” Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo, Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no. Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu, na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’ Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa. “Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi. Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ. Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn. Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ. Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no. “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma. Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no. Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu. Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa. “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba. “Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura. Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo! “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi. Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi. Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma. “Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. “Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ. Maba sɛ mɛma “ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa. Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’ “Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no. Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ. Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka. “Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee. Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.” Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no. Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ, “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ, anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ. Monsane nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.” Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’ Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no! Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so. Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada. Sɛ mopɛ sɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no. Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie! “Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ, “ ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa. Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.” Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ, “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon! Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!” Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa. Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa. “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn. “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra. Ɛfiri sɛ, me kɔnnua yɛ mmerɛ, na mʼadesoa yɛ hare.” Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɛkɔm dee asuafoɔ no ma wɔpempanee aburoo no bi weeɛ. Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan sɛ wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so buo? Na monnsane nkane mfirii Mose mmara no mu, sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ asɔrefie adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha! Sɛ moate asɛm a ɛse, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”. Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu. Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no! Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no. Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.” Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina. Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ. Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no ho dawuro. Na nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no aba mu sɛ: “Monhwɛ mʼakoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom mɛgu no so, na wabu amanaman atɛn. Ɔrenko, na ɔrenteateam. Na obi rente ne nne abɔntene so! Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum; kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba. Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.” Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ. Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?” Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.” Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so. “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie mu nkɔwia no, agye sɛ, onipa ko no di ɛkan de ahoma kyekyere no. “Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ. Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da. “Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne. Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka. Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”. Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn. Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho. Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa. Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha. “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi. Sɛ ɛba saa a, deɛ honhommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Ɔsane kɔ onipa no mu na ɔhunu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no.” Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa”. Yesu kaa sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom”. Ɔsane kaa bio sɛ, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame”. Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano. Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ. Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ. Esiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no. Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!” Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn. Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ: “Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu; wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ. Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ: “ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu. Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn aso ate asɛm, na wɔn akoma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’ Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm. Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante. “Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ. Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no. Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu. Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awuo enti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba. Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma. Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.” Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom. Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no. Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini. “Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’ “Okuafoɔ no buaa sɛ, ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’ “Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’ “Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no. Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ ” Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom. Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.” Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.” Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ, “Mɛkasa abɛbuo mu, na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.” Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase. Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no. Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ. “Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ ewiase awieeɛ. Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu, na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ. Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!” Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no. “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ. Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!” Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree. Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ. Saa ara na ewiase awieeɛ bɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ. “Mote aseɛ?” Nʼasuafoɔ no buaa no sɛ, “Aane.” Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.” Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ. Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɛ anwanwadeɛ sɛɛ yi? Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?” Wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu.” Esiane sɛ wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ. Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka. Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.” Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ. Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ. Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.” Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no. Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ. Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ. Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!” Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho. Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no. Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam. Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!” Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.” Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!” Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!” Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?” Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ. Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!” Wɔtwaa asuo no baa Genesaret. Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den. Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’ Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so. Mo nyaatwomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: “ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me. Wɔsom me ani so kɛkɛ, ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ ” Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ. Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.” Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene. Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.” Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.” Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ? Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio? Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi. Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi. Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.” Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.” Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.” Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.” Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.” Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.” Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no. Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so. Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn. Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.” Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.” Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni. Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn. Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson. Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan. Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn. Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte. Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase. Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.” Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa. Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane? Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no? Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no? Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’ ” Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka. Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?” Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.” Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?” Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no. Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ ɔsoro!” Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no. Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!” Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.” Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka. Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu? Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn. “Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.” Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi. Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera. Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa. Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.” Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!” Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam. Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!” Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara. Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.” Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie. Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.” Afei, asuafoɔ no hunuu sɛ, Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no. Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu nkotodwe wɔ Yesu anim kaa sɛ, “Owura, hunu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Sɛ otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu. Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi.” Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.” Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no. Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛantumi antu honhommɔne no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina aba a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ nohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri. Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so.” Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ. Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Enti, wo wura tua ɛtoɔ?” Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.” Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?” Petro buaa sɛ, “Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no.” Yesu nso buaa sɛ, “Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, kɔ asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.” Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu? Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu. Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu. Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn. “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu. Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue. Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu. “Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa. Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa. “Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no? Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no. Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera. “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. Na sɛ wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ. Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu. “Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro. “Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.” Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson! “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta. Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no. Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no. “Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’ Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no. “Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara. “Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no. “Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no. “Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa?’ Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no. “Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.” Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ. Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.” Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.” Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.” Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim. Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.” Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ. Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.” Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?” Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi.” Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?” Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.” Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?” Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan.” Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua. “Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua. “Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’ “Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’ “Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.’ “Apaafoɔ a ɔfaa wɔn akyire no nyinaa, ɔtuaa wɔn ɛda koro apaabɔdeɛ. Wɔn a wɔfaa wɔn kane no nso baeɛ. Wɔsusuu sɛ wɔbɛnya sika a ɛboro wɔn a ɔfaa wɔn akyire no deɛ no so. Nanso, wɔn nso, ɔtuaa wɔn sɛdeɛ ɔtuaa wɔn a wɔbaa akyire no ara pɛ. Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔdeɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’ “Ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa? Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Ɛfiri me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka pɛ. Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’ “Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ ” Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho. Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu.” Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim. Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?” Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.” Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.” Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ. Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so. Nanso, mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.” Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!” Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi. Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.” Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ, “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den. Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so. Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!” Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan ni?” Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.” Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.” Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?” Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ. Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ. Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?” Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.” Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no. Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa. Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?” Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ ‘Ɛfiri Onyankopɔn’ a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie? Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.” Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’ “Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ. “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ. “Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?” Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.” Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ. Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.” Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no hɔ sɛ wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no. “Wɔduruu hɔ ara pɛ na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ. Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ. Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no. “Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’ Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi. “Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.” Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ, “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ. Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ “Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no. Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.” Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri sɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ. Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ. Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma. “Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’ “Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa. “Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase. Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’ Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma. “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua. “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’ “Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.” Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim. Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?” Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?” Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.” Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no. Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa. Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no. Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ. Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!’ ” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.” Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ, “Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?” Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.” Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?” Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.” Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’ Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio. Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no sɛ, “Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. Yei enti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wɔdi so. “Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔatwerɛ Onyame Asɛm abɔ wɔn moma ne wɔn nsa so, na wɔhyɛ wɔn ntadeɛ de kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. Na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanin tenabea pa. Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ. “Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ ɛfiri sɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛseɛ. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfoɔ. Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan. Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atentene wɔ mmɔntene so de kyerɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ wɔ ɛberɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu. “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no. “Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no. Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no? Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no’ Anifirafoɔ! Afɔrebukyia a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo? Sɛ woka afɔrebukyia no ntam a, woka afɔrebukyia no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam, na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam. “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no. Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene yoma! “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowaa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma tɔ. Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte! “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. Moyɛ mo anim sɛ ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma tɔ. “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi nna akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkumm wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so, na motwa mo ho ka sɛ, ‘Sɛ na yɛte ase saa ɛberɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no.’ Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma. Na modi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ. “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu ogya mu atemmuo no? Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so. Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no wɔ asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so. Mereka makyerɛ mo sɛ, atemmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so. “Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Wɔbɛgya mo efie fituo ama mo. Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhunu me bio kɔsi sɛ, mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’ ” Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu. Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!” Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. Sɛ mote sɛ akokoakoko resi afanan nyinaa a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsane aba no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛsɛ sɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ. Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ. “Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa, na mo mu pii bɛsane akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho. Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. Bɔne bɛdɔɔso wɔ ewiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase. Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa. Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahennie no ho no wɔ ewiase afanan nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awieeɛ no bɛba. “Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ, wɔn a wɔte Yudea no nnwane nkɔ Yuda mmepɔ so. Mma obiara a ɔwɔ ne efie ɛdan atifi no nsiane nkɔfa biribiara mfiri ne efie hɔ. Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa wɔn ntoma. Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue! Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ anaa Homeda. Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da. “Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre. Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni. Atorɔ Akristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no. Mabɔ mo kɔkɔ dada. “Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no asane aba na ɔwɔ ɛserɛ so a,’ monnha mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no; ‘anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a,’ monnye nni! Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no. Na deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa. “Ɔtaa no akyiri pɛ “ ‘awia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn; na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ɔsoro no.’ “Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba. Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ totorobɛnto aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano. “Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ meba a mɛsane aba no abɛn, aduru apono ano. Nokorɛ mese mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa. “Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim. Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ. Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu, na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. Saa ɛberɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako. Saa ara nso na mmaa baanu a wɔwɔ efie renoa aduane no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako no no. “Enti, monwɛn ɛfiri sɛ, monnim da ko a Awurade bɛba. Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no, saa ara na ɛwɔ sɛ mosiesie mo ho, ɛfiri sɛ Onipa Ba no bɛba ɛberɛ a mo ani nna so sɛ ɔbɛba. “Hwan ne ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ no, deɛ ne wura de ne fidua mu asomfoɔ ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn adwuma wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu? Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. Na sɛ ɔyɛ akoa bɔne, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, ‘Me Wura nnya mmaeɛ,’ na ɔhyɛ aseɛ ha ne mfɛfoɔ nkoa, na ɔdidi, boro nsã a, ne Wura no bɛba ɛda a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Ɔbɛtwe nʼaso denden, na ɔde no akɔ baabi a wɔbu nyaatwomfoɔ atɛn; ɛhɔ na wɔtwa agyaadwoɔ na wɔtwɛre wɔn se. “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ. Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho. Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ. Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ. “Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’ “Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’ “Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’ “Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu. “Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’ “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’ “Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba. “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho. Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho. Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ. “Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no. Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’ “Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’ “Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a, anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me. “ ‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no. Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’ “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so. “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni! Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie. Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’ “Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma? Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’ “Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’ “Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’ “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’ “Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’ “Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.” Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu.” Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie, retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire. Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.” Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim. Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.” Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa. Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie. Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi wɔ ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no.” Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Sɛ meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn. Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no sɛ, ‘Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’ ” Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ efie a wɔnyaeɛ no mu. Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no, ɔkaa sɛ, “Mo mu baako bɛyi me ama.” Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako sɛ, “Awurade, ɛyɛ me anaa.” Yesu buaa sɛ, “Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama. Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.” Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Aane.” Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni, yei ne me onipadua.” Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Mo nyinaa monnom bi, na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ. Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.” Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no abɔ apete.’ Na sɛ mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo wɔ hɔ.” Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!” Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara. Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.” Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.” Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ.” Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no sɛ, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso ɔhonam yɛ mmerɛ!” Ɔsane gyaa wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ.” Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ, na wɔn ani kum yie. Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara. Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa! Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!” Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ. Na Yuda aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri sɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, deɛ wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo. Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka wɔ deɛ asi yi ho no bɛba mu?” Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan. Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ wɔ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu.” Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no. Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ. Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie. Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ” Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu sɛ, “Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba.” Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu teaam sɛ, “Abususɛm! Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no! Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teaam sɛ, “Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo!” Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ kaa sɛ, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo?” Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.” Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.” Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no sɛ, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.” Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.” Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.” Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!” Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔfirii adi kɔsuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ. Afei, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ, “Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.” Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma. Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.” Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no. Enti na wɔda so frɛ saa asase no sɛ, “Mogya Asase” de bɛsi ɛnnɛ yi. Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ, “Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu sɛ ɛfata, ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me” no baa mu. Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.” Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. Pilato bisaa no sɛ, “Wonte deɛ wɔreka no anaa?” Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwanwa. Na ɛyɛ amrado no amanneɛ sɛ afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no. Saa afe no mu, na onipa bɔnefoɔ bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” Na ɔnim pefee sɛ Yudafoɔ mpanin no de ɔtan na akyere Yesu ɛfiri sɛ, na wagye edin. Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.” Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu. Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?” Na ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!” Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!” Nnipadɔm no sane bɔ gyee so bio sɛ, “Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so.” Afei Pilato yii Baraba firii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu. Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ. Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim hyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so.” Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam. Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi. Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne “Nitire So.” Ɛhɔ na asraafoɔ no maa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom. Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto kyekyɛ faeɛ. Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛnee no. Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ, “Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni.” Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!” Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ” Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso hyɛɛ aseɛ dii ne ho fɛw. Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so afanan nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa. Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Aseɛ kyerɛ sɛ, “Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?” Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante aseɛ susuu sɛ ɔrefrɛ Elia. Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsã nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa sɛ, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.” Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ. Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.” Saa ɛberɛ no na mmaa bebree a Yesu ho dɔ enti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho. Ɛduruu anwummerɛ no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no. Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya hɔ akɔ. Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no. Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.’ Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.” Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no. Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so. Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera. Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, “Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no. Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.” Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn. Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no. Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no sɛ wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me wɔ hɔ.” Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn sɛ, “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’ ” Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ. Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa sɛ wɔnkɔ so no so. Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ.” Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie. Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.” “Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛtene mma no.’ ” Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane. Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!” Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.” Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so. Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no. Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!” Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.” Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi. Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi. Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no. Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teaam mu sɛ, “Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!” Yesu teateaa honhommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa. Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie. Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn. Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ. Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano, na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no. Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ. Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no, na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno enti na mebaeɛ.” Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso. Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.” Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!” Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no! Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ, “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.” Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ. Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ. Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ. Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!” Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.” Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo? Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’? Enti mɛkyerɛ mo sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ.” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo efie na wo ho atɔ wo.” Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!” Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no. Ɛberɛ a ɔnam mpoano hɔ no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi. Saa ɛda no anadwofa, Lewi too ɛpono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?” Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.” Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka sɛ, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da. Nanso, ɛda bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada. “Ɛte sɛ wode ntoma foforɔ atare ntoma dada mu. Ɛdeɛn na ɛba? Ntaremu no bɛte ntoma dada no mu, na ayi afiri mu, na ama tokuro a ɛda hɔ no aso asene kane deɛ no. Monim sɛ, wɔmfa nsã foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no bɛhwie agu, na nkotokuo a nsã no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.” Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi weeɛ. Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ wɔbu aburoo Homeda.” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn efie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara no pɛn? Na ɛno nso tia mmara. “Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa. Na me, Onipa Ba no mpo, meyɛ Homeda no nso wura!” Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no! Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.” Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no. Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie. Ɛhɔ ara, Farisifoɔ no kɔhyiaa Herodefoɔ no ne wɔn susuu ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho. Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem, Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ. Ɛberɛ biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi bɛhunu no no, wɔtwa hwe fam, woso biribiri, ka sɛ, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ. Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ so frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. Ɔyii wɔn mu dumienu a daa wɔne no bɛnante, na wɔakɔka asɛmpa no, na wɔatu ahonhommɔne nso. Dumienu a ɔyii wɔn no din nie: Simon a ɔtoo no din foforɔ Petro. Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma. Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, ne Simon ɔmanyɛfoɔ, ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi. Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.” Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.” Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam? Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu. Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no. Na sɛ Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo. Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma. Mereka akyerɛ mo sɛ, bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no; nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.” Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, na wɔka sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne.” Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom! Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.” Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm sane bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei enti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so. Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ, “Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ. Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso. Ankyɛre na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba. Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!” Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!” Akyire no a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn. Esiane saa nti, “ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’ “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase? Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no. Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa. Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no. Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba. Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara. Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.” Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabi! Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ. Deɛ ahinta biara no, wɔbɛda no adi, na deɛ wɔakata so biara no, wɔde bɛto dwa. Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie! “Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo. Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so. Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ. Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini. Sɛ aba no nyini wie a, okuafoɔ no fa ne dadeɛ kɔtwa, ɛfiri sɛ otwa berɛ aduru.” Ɔsane kaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahennie no bɛto, anaa abɛbusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu. Na sɛ wodua a ɛnyini yɛ kɛseɛ sene nnua a aka no nyinaa, ɛyiyi mman akɛseɛ ma ewiem nnomaa bɛsisi ne nwunu mu.” Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ. Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase. Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi. Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?” Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn! Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?” Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?” Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so. Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ. Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho. Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. Ɔteateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!” Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Honhommɔne, firi ne mu fi!” Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.” Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri. Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no. Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn. Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ, maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn! Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.” Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkuro Edu” no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn. Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa.” Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi. Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Ɔdwenee ho kaa sɛ, “Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no! Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?” Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, “Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ ” Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.” Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.” Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!” Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ. Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, Kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!” Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni. Yesu firi baabi a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafoɔ no ka ne ho. Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn. Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi? Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam.” Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ. Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ. Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so. Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nie, “Mommfa biribiara nkura gye mo poma nko ara; mommfa aduane anaa kotokuo anaa sika. Bio, mommfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nka deɛ ɛhyɛ mo yi ho. Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako pɛ mu. Monnsesa mo atenaeɛ. Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.” Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho. Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ. Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.” Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba. Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.” Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ. Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Herode sɛ, “Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo nua yere.” Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso dɛ, ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye sɛ Herode ama no tumi. Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee. Yei enti, ɔbɔɔ ne ho ban. Ɛberɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no. Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ. Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!” Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!” Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so. Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti, na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu. Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi. Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. Nanso, ɛberɛ a wɔrekɔ no, nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano hɔ kɔhyiaa wɔn. Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu. Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.” Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so. Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum. Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum; na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. Adidie no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni ɛkan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no ɛkwan na wati wɔn. Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ. Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Wɔn nyinaa hunuu no. Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!” Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma. Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no. Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den. Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi. Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu. Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, “ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me ho baabiara no yɛ nokorɛ turodoo! Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu. “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim. Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni’ no maa. Ɔkaa sɛ, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.’ Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’ Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.” Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi. Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.” Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modie no ngu mo ho fi anaa? Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.” Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.” Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ. Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe. Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma nkraman.” Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi.” Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara. Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so. Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ. Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!” Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ! Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!” Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio. Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.” Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?” Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.” Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam. Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa. Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.” Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm. Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim? Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa? Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Dumienu.” “Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.” Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?” Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?” Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.” Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.” Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?” Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.” Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.” Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara. Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?” Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.” Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.” Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!” Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu. Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ! Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa. Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.” Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho. Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn? Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no. Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no? Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.” Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ. Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?” Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa. Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.” Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.” Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro. Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.” Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.” Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!” Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!” Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.” Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.” Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ. Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?” Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho. Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!” Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ, “Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!” Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.” Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me, na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa. Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da. “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu. Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya a ɛnnum da no mu. Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya a ɛnnum da no mu.” Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, baabi a “ ‘ogya no ɛnnum da, na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’ Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene. “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.” Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ. Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?” Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa. Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ. Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.” Akyire no a ɔne nʼasuafoɔ no wɔ efie no, asuafoɔ no bisaa no saa asɛm korɔ no ara bio. Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman. Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.” Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no. Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn. Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.” Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.” Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.” Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!” Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu? Na ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.” Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.” Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.” Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.” Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ yɛduru hɔ a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me. Wɔbɛdi me ho fɛw, na wɔatete ntasuo agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.” Afei, Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔeɛ bi.” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” Wobuaa sɛ, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahennie mu hɔ!” Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ sɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛtumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mobɛtumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo; nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.” Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaeɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ a wɔwɔ ewiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, nanso mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.” Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. Ɛberɛ a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Dawid Ba Yesu, hunu me mmɔbɔ!” Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!” Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!” Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn. Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifirani no buaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na wo gyidie agye wo.” Na ntɛm ara onifirani no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi. Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me. Na sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ ” Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?” Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!” “Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.” “Hosiana wɔ ɔsorosoro!” Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania. Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no. Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so. Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no. Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.” Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom. Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu. Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu. Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!” Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a, anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim. Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mobɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, monnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.” Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?” Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me! Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!” Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!” Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan. Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no. Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ. Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no. Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso. “Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de anidie ama no. “Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’ Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi. “Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ; Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ” Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ. Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?” Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.” Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?” Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!” Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn. Afei, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no. Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi ɛkan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ. Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛre na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ. Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ. Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’ Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka sɛ ɔyɛ ateasefoɔ Onyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.” Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?” Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ; na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.” Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforɔ nka ne ho, na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri mʼakoma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.” Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam ɛkwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio. Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no. Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn. Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea. Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.” Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu. Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika nketewa mmienu bɛguu mu. Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.” Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.” Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo. Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ. “Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba. Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka. “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. “Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so. Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfiri hɔ. Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma wɔ efie. Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ. Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da. “Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so. Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua. Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo! “Ahohia no akyi no, “ ‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.’ “Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano. “Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn. Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. “Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba. “Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia. Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn.’ ” Aka nnanu na Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.” Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim. Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.” Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.” Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu. Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no. Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.” Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ. Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.” Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.” Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me onipadua.” Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’ Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.” Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.” Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ. Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.” Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.” Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.” Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.” Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no. Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!” Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ. Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.” Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu. Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa? Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no. Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee. Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu. Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira. Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia. Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?” Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.” Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo. Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ. Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ; na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!” Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee. Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!” Petro saneeɛ bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!” Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.” Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa. Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.” Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛseɛ guu ne so, nanso wanka hwee. Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛseɛ a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?” Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwanwa. Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn. Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no. Pilato bisaa sɛ, “Menyi ‘Yudafoɔ Ɔhene’ no mma mo anaa?” Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti. Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba. Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?” Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!” Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ. Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no. Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no. Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ. Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto. Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, Yudafoɔ Ɔhene. Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu. Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.” Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!” Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi. Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa. Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?” Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.” Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!” Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ. Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!” Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome. Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ. Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda no enti, ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no. Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho ɛkwan sɛ ɔnkɔfa amu no. Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano. Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ. Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no. Ɛda a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛpire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho. Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano. Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atadeɛ fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim. Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ! Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ” Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa. Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni. Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa. Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni. Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ. Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ. Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.” Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den. Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn. Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ. Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu. Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini. Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no. Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so. Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ. Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam. Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.” Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.” Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.” Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa. Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ. Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie. Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum. Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.” Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn. Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.” Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?” Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo. Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.” Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.” Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ. Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu. Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no. Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma. Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ. Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me? Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho. Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.” Maria kaa sɛ, “Me ɔkra kamfo Awurade. Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu; ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no. Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me; nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa. Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete. Watu aberempɔn adeɛ so ama ahobrɛasefoɔ so. Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan. Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.” Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom. Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima. Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie. Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria. Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.” Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no. Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa. Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.” Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ. Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn, sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no. Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no aba mu na wakae nʼapam kronkron no, na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no; sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu. Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim. “Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no, na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ; na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no, na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so, na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.” Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase. Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so. Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din. Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ. Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan. Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn. Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.” Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ, “Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.” Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.” Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no. Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn. Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ. Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia. Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.” Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde bɔ afɔdeɛ no. Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ, “Awurade, afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu ɛfiri sɛ, mʼani ahunu Agyenkwa a wohyɛɛ me ne ho bɔ no. Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaa na wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!” Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.” Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ. Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa. Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so. Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no, nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa. Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?” Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase. Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom. Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so. Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin. Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene. Bɔnhwa biara bɛyɛ ma. Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata. Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ” Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho? Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.” Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.” Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.” Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no. Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.” Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho. Yei maa Herode de Yohane too afiase. Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ. Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.” Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli. Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef; Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai; Nagai agya ne Mahat; Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda; Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri; Neri agya ne Melki; Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er; Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; Matat agya ne Lewi; Lewi agya ne Simeon; Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne Yonam; Yonam agya ne Eliakim; Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; Natan agya ne Dawid; Dawid agya ne Yisai; Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson; Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda; Yuda agya ne Yakob; Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor; Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; Eber agya ne Sala; Sala agya ne Kainan; Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek; Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; Mahalalel agya ne Kenan; Kenan agya ne Enos; Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; Adam agya ne Onyankopɔn. Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so. Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no. Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.” Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’ ” Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ bi so kyerɛɛ no ewiase ahennie nyinaa ɛberɛ tiawa bi mu. Na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.” Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ” Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina hɔ to fam! Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛbɔ wo ho ban; na wɔabɛsɔ wo na woammɛhwe abotan no so.’ ” Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’ ” Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ ansa. Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no. Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ, “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ, wɔbɛnya ahofadie, na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam. Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.” Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu.” Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ mode bɛ yi bɛbu me sɛ, ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’   “Nanso, mereka ama moate aseɛ sɛ, Odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne kurom. Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree wɔ Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu. Nanso, Onyankopɔn ansoma Odiyifoɔ Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbaa kunafoɔ a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ sɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara.” Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa. Wɔde abufuo piapiaa no firii kuro no mu de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatikɔ ama wakɔhwe bepɔ no ase. Nanso, ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi. Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ɛfiri sɛ, ɔkasaa wɔ tumi so. Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam sɛ, “Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.” Yesu hyɛɛ honhommɔne no sɛ, “Tu firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?” Deɛ ɔyɛeɛ yi ho asɛm trɛɛ ɔman no mu nyinaa. Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo sɛ huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Ɔkɔɔ deɛ ɔda hɔ kɔgyinaa ne nkyɛn, teaa yadeɛ no ma ɛgyaeɛ amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduane diiɛ. Onwunu dwoeɛ no, wɔde ayarefoɔ pii baa sɛ, Yesu nsa wɔn yadeɛ. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam sɛ, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, ɛfiri sɛ, na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no. Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.” Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahodoɔ mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. Ɛda bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtadeɛ ho no, nnipakuo bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Onyankopɔn asɛm. Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho. Yesu kɔtenaa kodoɔ no baako a na ɛyɛ Simon dea no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ɔmpia nkɔ nsuo no mu kakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi afiri hɔ akasa akyerɛ nnipa no. Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na monkɔgu mo asau no na mobɛyi nam bebree.” Simon kaa sɛ, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm enti, yɛbɛgu yɛn asau no.” Wɔguu asau no na wɔyii nam bebree maa anka mpo asau no retete. Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo. Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.” Ɛnam dodoɔ a wɔyiiɛ no yɛɛ Petro ne nʼahokafoɔ no nwanwa. Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.” Wɔde akodoɔ no bɛduruu nsuo no ano hɔ no, wɔgyaa wɔn nneɛma nyinaa hɔ bɛdii nʼakyi. Ɛda bi a Yesu wɔ kuro bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotoo nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.” Ɛhɔ ara Yesu tenee ne nsa de kaa no kaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ. Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.” Yesu anwanwadwuma a ɔyɛeɛ yi maa ne ho asɛm trɛɛ mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree bɛtiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yadeɛ nso. Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ. Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi. Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim. Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.” Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?” Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka sɛ, sɔre na nante? Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!” Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ, yii ne kɛtɛ kɔɔ efie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. Wɔn a wɔgyina hɔ no ho dwirii wɔn. Ehu kaa wɔn. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.” Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi. Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase. Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wɔnwiinwii bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.” Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio sɛ, “Adɛn enti na Yohane Osubɔni asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no deɛ wɔtaa di mmuada, na wʼasuafoɔ deɛ daa wɔdidi na wɔnom?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforɔ ase no di mmuada, wɔ ɛberɛ a ayeforɔ kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? Nanso, da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.” Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Obi mmfa ntoma foforɔ ntare ntoma dada mu. Ɔyɛ saa a foforɔ no bɛma dada no asuane. Afei, ɛbɛma nsonsonoeɛ ada foforɔ no ne dada no ntam. Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe. Yei enti, nsã nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu. Obi nnnom nsã dada nnwie mmisa nsã foforɔ ase. Deɛ ɔnom no ka sɛ, ‘dada no na ɛyɛ.’ ” Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi hwane, weeɛ. Farisifoɔ bi bisaa no sɛ, “Adɛn na moyɛ adeɛ a ɛtia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛɛ ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Atwerɛsɛm no mu anaa? Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfoɔ nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso diiɛ.” Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.” Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no. Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?” Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa.” Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. Deɛ Yesu yɛeɛ yi hyɛɛ nnipa no abufuo yie ma wɔfirii aseɛ bɔɔ ne ho pɔ. Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ. Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote; Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no. Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn. Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ, na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea! Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ, na mo na wɔbɛma mo ani agye. Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi. “Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no. “Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio. Monnue, mo a moamee seesei, na mo na ɛkɔm bɛde mo! Monnue, mo a moresere seesei, na mo na mobɛsi apinie, asu. Monnue, mo a nnipa kamfo mo, ɛfiri sɛ, saa ara na wɔn nananom kamfoo atorɔ adiyifoɔ no.” “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa sɛ, monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo. Sɛ obi bɔ wʼasom a, dane baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntoma a, worɔ wʼatadeɛ ka ho. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio. Na deɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara. “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? ‘Nnebɔneyɛfoɔ’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yie a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? Nnebɔneyɛfoɔ mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yie. Na sɛ mobɔ wɔn a mosusu sɛ wɔbɛtumi atua mo nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfoɔ nso bobɔ bobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. Monnɔ mo atamfoɔ. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn deɛ ɛhia wɔn a, mo ani nni akyire bio. Na sɛ moyɛ yeinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔeɛ, na ɔdom bonniayɛfoɔ nso. Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no. “Mommmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Deɛ mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ɛbɛsusu ama mo. Susudua a mode bɛsusu ama no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.” Yesu nam abɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani ɛkwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu. Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. “Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no. “Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa. Dua biara aba na wɔnam so hunu dua ko a ɛyɛ. Worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Saa ara na worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so. Onipa pa firi nnepa a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso firi ne nnebɔne a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade bɔne. Deɛ ahyɛ onipa akoma ma no, na ɛpue firi nʼano. “Adɛn enti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso monni mʼasɛm so? Merekyerɛ mo sɛdeɛ onipa biara a ɔba me nkyɛn, na ɔtie mʼasɛm di so no teɛ. Ɔte sɛ obi a na ɔresi ɛdan na ɔtwaa ne ɛdan no fapem ma ɛsii ɔbotan so. Na osuo tɔeɛ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa ɛdan no ase nanso ammu, ɛfiri sɛ, ɔsi sii ɔbotan so. Na deɛ ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, ɔte sɛ obi a ɔresi ɛdan, na ɔsii ɛdan no sii anwea so, na osuo tɔ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa aseɛ ma ɛdwiriiɛ.” Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu. Ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne ɔsomfoɔ no yadeɛ mma no. Wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panin no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa pa. Wɔkaa sɛ, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn ɔman na wasi hyiadan ama yɛn.” Yesu ne wɔn siim. Wɔreyɛ aduru efie hɔ no, ɔsraani panin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ, “Awurade, nha wo ho, na mensɛ sɛ woba me fie. Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ, ‘Bra’ a, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ sɛ, ‘Yɛ yei’ a, ɔyɛ.” Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie sɛ saa ɔbarima yi da.” Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie hɔ no, wɔhunuu sɛ ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den. Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ ne nnipakuo bi a wɔka ne ho no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu. Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi. Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su!” Yesu kɔsɔɔ efunu adaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn dea no gyinaeɛ. Ɔka kyerɛɛ owufoɔ no sɛ. “Aberanteɛ, mese wo sɛ, nyane!” Aberanteɛ no sɔre tenaa ase na ɔkasaeɛ. Afei, Yesu de no maa ne maame. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu.” Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu. Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ. Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?” Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?” Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; ɔtuu ahonhommɔne na ɔmaa anifirafoɔ hunuu adeɛ. Yesu buaa wɔn sɛ. “Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ, mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ. Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.” Yohane asuafoɔ no firii Yesu nkyɛn kɔeɛ no, Yesu dii Yohane ho adanseɛ kyerɛɛ nnipakuo no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mohunuiɛ? Ɛserɛ a mframa rehim no anaa? Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’ Meka kyerɛ mo sɛ onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!” Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. Na Farisifoɔ ne Mmaranimfoɔ no deɛ, wɔpoo Onyankopɔn asɛm enti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na menka mfa nnɛmmafoɔ yi ho; na ɛdeɛn ho na memfa wɔn ntoto? Wɔte sɛ mmɔfra bi a wɔregoro wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforɔ sɛ, “ ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa; Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ Yohane Osubɔni aba a ɔnnidi na ɔnnom nsã, nso mose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn ɔbra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.” Farisini bi frɛɛ Yesu adidie ma ɔpenee so kɔeɛ. Ɔte hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔbu ɔbra bɔne wɔ kuro no mu tee ne nka no, ɔde aduhwam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. Ɔkotoo Yesu nan ase suiɛ, maa ne nisuo no fɔɔ Yesu nan ase. Afei, ɔde ne tirinwi pepaa nisuo no, sɔɔ ne nan de aduhwam no sraa ho. Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no hunuu deɛ ɔbaa no yɛeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifoɔ ampa ara a, anka ɔbɛhunu sɛ saa ɔbaa yi bu ɔbra bɔne.” Yesu hunuu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka ɛ.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum. Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no enti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hwan na wogye di sɛ ɔbɛpɛ osikani no asɛm yie?” Simon buaa sɛ, “Megye di sɛ deɛ ɔde ne ka kɛseɛ kyɛɛ no no.” Yesu kaa sɛ, “Woabua no yie.” Afei, Yesu danee nʼani kyerɛɛ ɔbaa no bisaa Simon sɛ, “Woahunu saa ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbaa yi de ne nisuo ahohoro me nan ase, asane de ne tirinwi apepa. Mebaeɛ yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbaa yi bɛtoo me wɔ ha yi, ɔnnyaee me nan mu sɔ. Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase. Yei enti mereka akyerɛ wo sɛ, deɛ ɔbaa yi ayɛ enti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, ɛfiri sɛ, wayi ɔdɔ kɛseɛ bi adi akyerɛ. Na deɛ wɔde ne bɔne a ɛsua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.” Afei, Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.” Wɔn a ɔne wɔn te adidiiɛ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔtumi de bɔne kyɛ?” Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wo gyidie agye wo nkwa. Fa asomdwoeɛ kɔ.” Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ. Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ. Ebi nso kɔguu abotan so, enti ɛfifiriiɛ no, ankyɛre na ne nyinaa hyeeɛ, ɛfiri sɛ, annya nsuo. Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ. Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.” Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’ “Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ. Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba. Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ. “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.” Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Wɔsiim a wɔrekɔ no, Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie. Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?” Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so. Yesu firii kodoɔ no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na Yesu ateatea ahonhommɔne no sɛ wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wiram. Yesu bisaa no sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛdɔm.” Ɛfiri sɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu. Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ. Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn. Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amaneɛ. Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa. Ansa na Yesu rebɛfiri hɔ no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa. Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu. Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ. Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?” Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.” Yesu buaa no sɛ, “Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu.” Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.” Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.” Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, “Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa.” Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu, ɔnwuiɛ na wada.” Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɔre!” Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni. Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara. Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu. Na sɛ mokɔ kuro bi mu a, efie biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kɔsi sɛ mobɛfiri kuro no mu. Sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo, na morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.” Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraaseɛ nkuraaseɛ kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso. Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri sɛ, na ebinom keka sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu, na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba. Herode kaa sɛ, “Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?” Yei enti, ɔpɛɛ sɛ ɔhu no. Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ. Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.” Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?” Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose mene hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no.” Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. Ɔtoaa so sɛ, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ɔnni mʼakyi. Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, ɛdeɛn mfasoɔ na ɔbɛnya? Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho. “Na mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no.” Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpaeɛ. Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ. Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ. Saa nnipa baanu yi bɛpuee hɔ animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no. Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no. Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ. Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!” Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara. Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu. Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me; sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so. Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi.” Yesu kaa sɛ, “Ao! Mo a monni gyidie, mentena mo nkyɛn na mennya mo ho boasetɔ nkɔsi da bɛn!” Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Fa wo ba no bra ha.” Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn. Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montie asɛm a merebɛka yi yie. Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa.” Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ. Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho. Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi wɔ me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ.” Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.” Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?” Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.” Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!” Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ, “Bɛdi mʼakyiri.” Nanso, ɔbarima no kaa sɛ, “Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.” Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa.” Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no.” Yei akyi, Yesu yii nʼakyidifoɔ no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkuro ne nkuraa a akyire no ɔbɛkɔ hɔ no so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu. Monkɔ, na meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Mommfa sika, akwantubɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obiara nso a mobɛhyia no wɔ ɛkwan so. “Sɛ mokɔ efie biara mu a, monni ɛkan nkyea efie hɔfoɔ no sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ Na sɛ asomdwoeɛ ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsane aba mo nkyɛn. Efie biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenaeɛ; aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ biara nya nʼadwumayɛ so akatua; monnni atutena wɔ afie mu. “Na sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔgye mo fɛw so a, aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni. Monsa kuro no mu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ ɛhɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’ Nanso, sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka sɛ, ‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’ Mereka akyerɛ mo sɛ, saa kuro no, asɛm a ɛbɛto wɔn Atemmuo da no bɛsene deɛ ɛtoo Sodom no. “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon. Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. “Obiara a ɔtie mo no tie me, na deɛ ɔpo mo no po me, na deɛ ɔpo me no nso po deɛ ɔsomaa me no.” Aduɔson no sane de anigyeɛ baeɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, “Awurade, wo din enti, ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mehunuu sɛ ɔbonsam rete afiri ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam. Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo. Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ ɔsoro.” Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa. “Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.” Ɛkaa ɔne nʼasuafoɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nhyira ne aniwa a ɛhunu deɛ mohunu! Ɛfiri sɛ, adiyifoɔ ne ahene pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi na wɔte deɛ mote yi, nanso wɔanhunu na wɔante.” Mmaranimfoɔ bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” Yesu nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.” Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?” Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, “Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ. Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn. Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no bɔ sɛ, ‘Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abɛtua.’ “Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?” Mmaranimfoɔ no buaa sɛ, “Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.” Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ rekɔ Yerusalem no, wɔkɔduruu akuraa bi ase. Wɔduruu hɔ no, ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fie. Marta nuabaa bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no. Saa ɛberɛ no, Marta a nʼani abere reyɛ aduane no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ enti ka kyerɛ Maria na ɔmmɛsɔ me mu.” Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwennwene ha wo ho wɔ nneɛma pii ho. Adeɛ baako pɛ na ɛhia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfiri ne nsam.” Ɛda bi, na Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ baabi. Ɔwieeɛ no, nʼasuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaeɛbɔ, sɛdeɛ Yohane kyerɛɛ nʼasuafoɔ mpaeɛbɔ no.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra. Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ. Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’” Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra, ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’ na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me ɛpono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’ Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no enti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no enti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa. “Ɛno enti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhunu; mompem na wɔbɛbue mo. Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no. “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ, anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ? Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!” Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie. Nanso, ebinom kaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul tumi so na ɛtu ahonhommɔne.” Afoforɔ nso pɛɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ enti, wɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn. Nanso, ɔhunuu wɔn adwene maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Kuro biara a emu akyekyɛ no dane amamfo. Saa ara nso na efie biara a emu kyekyɛ no guo. Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne. Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so. “Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ; nanso, sɛ deɛ ne ho yɛ den na ɔwɔ akodeɛ pa sene no kɔ ne so a, ɔdi ne so nkonim, gye nʼakodeɛ a ɔde ne ho too so no, sesa nʼagyapadeɛ no nyinaa kɔ. “Obiara a ɔnni mʼafa no tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu. “Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.” Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufoɔ a wonumuu ano!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.” Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ahunu nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na sɛdeɛ Yona yɛeɛ no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama nnɛmma yi. Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi, ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha. Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm. Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum. Sɛ wo onipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.” Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi. Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu nso? Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo. “Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ dudu, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hunu mo kyea mo. “Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. “Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.” Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.” Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ mmara a ɛyɛ den ma nnipa, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ. “Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kumm wɔn no nna so. Mo nneyɛeɛ yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɛeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkumm adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn. Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’ Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi ewiase ahyɛaseɛ no, ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria, a wɔkumm no wɔ afɔrebukyia ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn. “Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.” Ɔfiri Farisini no efie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho, pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akyere no. Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho. Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue. Enti, deɛ moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro. “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no. Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi pɛ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara. “Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. “Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho, Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.” Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu.” Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?” Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.” Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’ “Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ. Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’ “Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no? ’ “Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.” Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho. Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho? “Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo. Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo. “Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo. Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe. Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.” “Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn, na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ ɛpono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no. Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn. Sɛ ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani bɛgye. Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno. Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba.” Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?” Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu. Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni. “Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.” “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no. Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa. Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu. Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.” Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa. Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa. Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu. “Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.” Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no. Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no? Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara. Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no? Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.” Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’ “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ ” Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa. Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.” Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ. Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.” Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?” Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho. Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ? Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.” Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ? Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.” Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ. Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi. Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’ “Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’ “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’ “Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ. Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.” Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’ Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem! “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ ” Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhono. Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa?” Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan. Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Mo mu hwan na sɛ nʼafunumu tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?” Nanso, wɔantumi ammua no. Afei, Yesu hunuu sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ sɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, “Sɛ obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri sɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo. Sɛ ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi. Enti, sɛ obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na sɛ deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea.’ Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no sɛ, “Sɛ woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ. Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.” Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree. Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra. “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ “Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ “Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’ “Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’ “Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara. “Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra. Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ” Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani. “Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’. “Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani. “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu. “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.” Ɛda bi ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.” Saa asɛm a wɔkaeɛ no ma ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no? Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba. Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’ Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no. “Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ edu mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhunu. Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahunu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’ Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.” Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu. Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no. “Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya. “Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’ Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu. “Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani. “Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ. Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ. Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ “Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ “Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ ” Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’ “Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.’ “Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no sɛ, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ “Ɔbuaa sɛ, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode ngo nhina edu ka.’ “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no sɛ, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode nkotokuo aduonum ka!’ “Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. Na me nso mese mo sɛ, momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo. “Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho. Sɛ moantumi anni nokorɛ wɔ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? Sɛ moanni nokorɛ wɔ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo? “Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri sɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.” Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim. “Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera. “Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no bɔ adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ adwaman.” Yesu toaa so kaa sɛ, “Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaferetafere nʼakuro no mu. “Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no teaam sɛ, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.’ “Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ “Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’ “Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’ “Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’ “Abraham buaa sɛ, ‘Sɛ wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’ ” Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue. Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne. Enti, monhwɛ mo ho so yie. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. Sɛ nso ɔfom wo mprɛnson da koro na mpɛn dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.” Ɛda bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie te sɛ onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛba mu saa. “Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɛ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wʼaduane si hɔ na kɔdidi?’ Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’ Sɛ ɔsomfoɔ yi yɛ nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ moka sɛ, ‘Yɛyɛ asomfoɔ a ayɛyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ” Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.” Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den. Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani. Yesu bisaa sɛ, “Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” Ɛda bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu sɛ, “Ɛberɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnneɛ bi a mobɛhunu so na ɛbɛba, na obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no te mo mu.” Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhunu Onipa Ba no wɔ mo nkyɛn, nanso morenhunu no. Sɛ nnipa ka kyerɛ mo sɛ mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi. Sɛdeɛ anyinam pa ogya wɔ ewiem ma nnipa nyinaa hunu no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me. “Sɛdeɛ Noa ɛberɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ Onipa Ba no ba a, ɛbɛyɛ no no. Saa ɛberɛ no, nnipa didi nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa. “Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan, kɔsii sɛ Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa. “Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ. Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. Obiara a ɔdɔ ne ɔkra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne ɔkra no, bɛnya. Ɛda no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako. Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako. Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako.” Asuafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!” Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba. Yesu kaa sɛ, “Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu, a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ ɔnni nʼasɛm no mma no. “Mfitiaseɛ no, ɔtemmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire no ɔkaa sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ, nanso ɛsiane sɛ daa ɔbaa yi ha me enti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔremmɛha me bio!’ ” Awurade toaa so sɛ, “Moate asɛm a ɔtemmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ. Monnnye nni sɛ Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase? Merema moate aseɛ sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no sane ba a, nnipa dodoɔ ahe na ɔbɛhunu sɛ wɔwɔ ne mu gyidie?” Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ, “Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni. Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi. Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.’ “Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’ “Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” Ɛda bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no, wɔkaa wɔn anim. Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ” Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.” Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.” Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii. Yesu hunuu sɛ ne werɛ ahoɔ no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu! Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.” Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.” Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.” Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so, aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.” Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri sɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so. Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. Onifirani no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!” Ɔtee saa no, ɔteateam sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” Wɔn a wɔdi anim no trantram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ, “Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifirani no buaa sɛ, “Awurade, ma menhunu adeɛ.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ. Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no, ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso. Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no. Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.” Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so. Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.” Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.” Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene. Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara mina edu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’ “Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no. “Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no. “Odwumayɛfoɔ a ɔdii ɛkan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho edu.’ “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ enti, mede nkuro edu bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ “Odwumayɛfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho enum.’ “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro enum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ “Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika mina edu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛno nie. Na mesuro wo, ɛfiri sɛ, wo ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ wo dea no, wogye; deɛ wunnuaeɛ nso, wotwa.’ “Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa. Adɛn enti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’ “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɛɛ adwuma nyaa mmɔho edu no.’ “Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ yei deɛ ɔwɔ sika bebree!’ “Owura no kaa sɛ, ‘Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakra bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam. Na afei, momfa mʼatamfoɔ a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’ ” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem. Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me. Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn enti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’ ” Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?” Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.” Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so. Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ, “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!” Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.” Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ, “Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri kwan, nanso mo nsa renka da! Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ, atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.” Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi edwa wɔ hɔ no kaa sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaeɛbɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’ ” Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no. Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no. Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?” Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’ Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.” Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree. Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan. Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no. “Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’ “Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’ Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no. “Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi? Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.” Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!” Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn? Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.” Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?” Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.” Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim. Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no. Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ. Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ. Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ. Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ. Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?” Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din. Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.” Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?” Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’ Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?” Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea. Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.” Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu. Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu. Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.” Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ, “Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.” Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?” Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.” Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so. Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi. “Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim. Yei bɛma moanya ɛkwan adi me ho adanseɛ. Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim. Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi. Na me enti, nnipa bɛtan mo. Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera. Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn. Saa ɛberɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara. Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu. Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so. Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.” “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so. Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no enti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem nso awoso ahoɔden so. Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.” Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. Sɛ ɛyiyi nhahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ aduru. Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn. “Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. “Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne nsãborɔ ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfu mo mu. Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.” Ɛda biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome. Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kɔtie no wɔ asɔredan mu. Afei, na Yudafoɔ Apiti Afahyɛ a wɔsane frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. Ɔbonsam kɔwuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no mu. Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. Wɔn ani gyeeɛ, penee so sɛ wɔbɛma no sika. Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu ɛberɛ a nnipa dodoɔ biara nni ne ho. Afei, da a wɔkum Twam Afahyɛ odwan de di burodo a mmɔreka nni mu no duruiɛ no, Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduane a yɛbɛdi no.” Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ moduru kuro no mu a, mobɛhunu obi a wakɔ asuo reba. Monni nʼakyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu na mommisa efiewura no sɛ, ‘Yɛn ɔkyerɛkyerɛfoɔ se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafoɔ no sɛ wɔmmɛdi Twam Afahyɛ aduane no?’ Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto ɛpono no.” Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ. Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho. Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre. Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.” Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi. Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.” Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.” Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa. Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama. Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.” Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no. Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu. Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ. Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ. Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ. Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam. Mʼagya de Ahennie no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.” Afei, Awurade kaa sɛ, “Simon, Simon! Monhwɛ yie na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.” Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.” Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.” Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a mesomaa mo a na monkura sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?” Asuafoɔ no buaa no sɛ, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika no, ɔmfa; deɛ ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Deɛ ɔnni akofena no ntɔn ne ntoma mfa nkɔtɔ bi. Na berɛ aduru sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfoɔ mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.” Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.” Yesu buaeɛ sɛ, “Ɛyɛ, ɛno ara dɔɔso.” Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ” Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. Esiane sɛ na Yesu ho yera no wɔ Honhom mu no enti, ɔmaa ne mpaeɛbɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa sosɔ guu fam. Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda. Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako di wɔn anim, baa ne so. Yuda Iskariot twe bɛn Yesu yɛɛ no atuu. Yesu bisaa no sɛ, “Yuda, ɔdɔ nsɛnkyerɛnneɛ yi so na wonam reyi Onipa Ba no ama?” Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?” Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa. Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyae deɛ mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfoɔ no aso no de taree hɔ bio. Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so? Ɛberɛ a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankye me; afei na mo berɛ aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.” Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.” Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.” Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.” Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ. Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so. Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hyiaeɛ maa wɔde Yesu baa wɔn anim bisaa no sɛ, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ meka sɛ mene Kristo no a, morennye nni, na sɛ mebisa mo nso a, moremmua me. Na ɛfiri saa ɛberɛ yi mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Otumfoɔ no nifa so.” Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Deɛ moreka no yɛ nokorɛ.” Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.” Afei, badwafoɔ no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. Wɔfirii aseɛ totoo nʼano sɛ, “Saa onipa yi tu nkurɔfoɔ aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.” Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.” Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.” Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.” Pilato tee asɛm yi no, ɔbisaa sɛ, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?” Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem. Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na ɔsusu nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no no enti, ɛberɛ a ɔhunuu no no, nʼani gyee yie, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu no no, na akyɛre. Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano. Asɔfoɔ mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ɛnnim guu ne so. Herode ne nʼasomfoɔ no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei, Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene sane de no kɔmaa Pilato. Ɛda no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu. Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin ne nnipadɔm no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mode onipa yi brɛɛ me sɛ, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa, tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so mabu no fɔ. Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno enti, wasane de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ megyina so bu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ku no, na gyaa Baraba ma yɛn.” Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyane ɔman na ɔsane dii awu enti, wɔde no too afiase. Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ɔgyaa no. Nanso, wɔsane bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Ɔbisaa wɔn ne mprɛnsa so sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn bɔne na wayɛ? Menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu. Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn. Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no. Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi. Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma. Na mmerɛ bi reba a wɔbɛka sɛ, ‘Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.’ Saa ɛberɛ no “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Dwiri gu yɛn so!” ne nkokoɔ nso sɛ, “Kata yɛn so!” ’ Na sɛ wɔde yei yɛ me a meyɛ dua mono no a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ dua wuiɛ?” Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn. Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ. Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.” Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni. Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.” Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.” Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.” Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” Ɛduruu owigyinaeɛ no, asase no so nyinaa duruu esum kabii kɔsii nnɔnmiɛnsa. Owia duruu sum na ntoma a ɛtwa asɔredan no mu nso mu tee mmienu. Yesu teaam denden sɛ, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu. Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.” Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so. Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɔmaa wɔyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. Wɔsiee Yesu Efiada a na Yudafoɔ resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no. Wɔsiee amu no wieeɛ no, mmaa a wɔdi Yesu akyi firi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toeɛ ne sɛdeɛ wɔsiee no faeɛ. Saa mmaa yi sanee wɔn akyi kɔɔ efie kɔhwehwɛɛ nnuhwam ne ngo a wɔde bɛsiesie Yesu amu no, nanso ɛsiane sɛ na Homeda no aduru enti, wɔtenaa ase komm sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ. Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ. Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn. Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu? Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ, ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’ ” Mmaa no kaee asɛm no no, wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi. Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti, wɔannye anni. Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa efie a na ɔnte deɛ ɔhunuiɛ no ase. Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansini nson. Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ. Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?” Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?” Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho. Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ. Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase. Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi. Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?” Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase. Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so. Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie. Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn. Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ. Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no. Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa. Wɔgu so rebɔ amaneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a? Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.” Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. Anigyetrasoɔ ne ahodwirie enti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?” Wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.” Afei, ɔbuee wɔn adwene mu ma wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu. Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ. Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.” Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem. Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ. Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so. Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ. Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no. Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu. Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa. Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma. Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ” Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ. Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no. Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?” Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.” Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”. Wɔsane bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Mene nne a ɛfiri ɛserɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ ” Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ, “Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?” Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no, a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.” Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no. Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no! Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’ Me deɛ, na mennim no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.” Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehunuu Honhom no sɛ asiane aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresiane firi soro. Na anka mennim no, nanso ɛberɛ a Onyankopɔn somaa me sɛ memfa nsuo mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Onipa a wobɛhunu sɛ Honhom no bɛsiane aba ne so no, ɔno ne deɛ worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’ Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.” Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam. Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!” Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ. Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.” Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no. Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi. Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.” Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.” Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.” Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?” Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.” Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!” Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.” Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi. Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi. Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn nsã a wɔrenom no asa.” Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.” Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ.” Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa. Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no.” Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!” Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no. Ayeforɔhyia no akyi, ɔne ne maame ne ne nuanom ne nʼasuafoɔ no dii nna kakra wɔ Kapernaum. Esiane sɛ na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛduru no enti, Yesu kɔɔ Yerusalem. Ɔduruu asɔredan no mu hɔ no, ɔhunuu sɛ adwadifoɔ bi nso tete wɔn apono akyi resesa sika. Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nyɛ adwadibea!” Asuafoɔ no kaa sɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Wo fie yiedie ho dadwene ahyɛ me so.” Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnneɛ a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.” Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisaa no sɛ, “Asɔredan a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, na wode nnansa bɛtumi asi?” Nanso, Yesu deɛ, na ɔde ɔno ankasa ne onipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei ma wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ. Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ. Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛdeɛ nnipa suban te. Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu. Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no, kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?” Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ! Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.” Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu?” Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase? Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni. Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no. Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so, na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne. Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi. Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.” Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase. Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho. Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.” Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’ Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno enti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa. “Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni. Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.” Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn. Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu. Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea. Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu. Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.” Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane. Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ. Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.” Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri? Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.” Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.” Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no. Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.” Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.” Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no. Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ, “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu. Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.” Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no. Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru! Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.” Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn. Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ. Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.” Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea. Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne ɔman mu deɛ, nanso ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no. Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no. Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?” Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie. Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den. Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.” Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ. Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ. Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem. Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia. Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa. Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe. Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?” Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.” Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Na saa da no yɛ homeda. Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?” Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.” Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?” Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ. Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.” Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no. Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.” Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no. Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni. “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no. “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ. “Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu. Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ. “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ. Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa. Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ. “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane. Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni. Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! “Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi? “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no. Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ. Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.” Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no. Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi. Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra. Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn. Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?” Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ. Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.” Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ, “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?” Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn. Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.” Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.” Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio. Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano. Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba. Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ, Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!” Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum. Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho. Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no. Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no. Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti. Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.” Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.” Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa. Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.” Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.” Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da. Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni. Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ. Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ. MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.” Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ. Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no. Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no. Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no. Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. Mene burodo a ɛma nkwa no. Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ, nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da. Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.” Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu. Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi. Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?” Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa? Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ? Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho. Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no. Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio. Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?” Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.” Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho. Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no, Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.” Na ne nuanom mpo nnye no nni. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo. Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. Mo deɛ, monni ɛkan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri sɛ, me berɛ nnuruiɛ.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea. Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no. Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?” Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforɔ nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ.” Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu. Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa. Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu. Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn enti na mopɛ sɛ mokum me?” Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Anwanwadeɛ baako pɛ a mayɛ enti na mo ho adwiri mo sɛɛ yi. Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nananom) nanso, motwa twetia homeda. Sɛ motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me? Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn.” Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ sɛ wɔkum no no anaa? Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no. Yɛnim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.” Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa sɛ, “Ɛwom sɛ monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, nanso monnim no; na me deɛ, menim no ɛfiri sɛ, mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me.” Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ. Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?” Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra. Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, “Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.” Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn? Sɛ ɔka sɛ, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ sɛn?” Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’ ” Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wɔgyee no diiɛ no nsa bɛka no ho. Saa ɛberɛ no, na ɔnnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, ɛfiri sɛ, na wɔnnya mmaa ne so nkɔɔ ɔsoro, nhyɛɛ no animuonyam. Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no bɛfiri Galilea? Atwerɛsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?” Yesu enti, nnipa no mu kyekyɛeɛ. Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no. Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moamfa no amma?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.” Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa? Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa? Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.” Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.” Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara. Yesu sane kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ adwaman baa nʼanim. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman, nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?” Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no.” Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam. Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Nnipa a wɔde wo baeɛ no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?” Ɔbaa no buaa Yesu sɛ, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.” Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu.” Farisifoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, ɛfiri sɛ, wo ara na woredi wo ho adanseɛ.” Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Sɛ me ara meredi me ho adanseɛ mpo a, asɛm a meka no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefiri baeɛ ne faako a merekɔ. Na mo deɛ, monnim faako a mefiri baeɛ ne faako nso a merekɔ. Mo ankasa mode mo adwene na ɛbu atɛn na me deɛ, memmu obiara atɛn. Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. Wɔatwerɛ wɔ mo mmara mu sɛ, sɛ adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokorɛ. Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.” Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnim me, na monnim mʼAgya no nso. Sɛ monim me a, anka mobɛhunu mʼAgya no nso.” Yesu kaa yeinom nyinaa ɛberɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ. Yesu sane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mɛfiri mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhunu me. Na mo deɛ, mobɛwu wɔ mo mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.” Yudafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na ɔrekɔ a ɔse ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekɔkum ne ho?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase, Ɛno enti na meka kyerɛ mo sɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene deɛ mene a, mobɛwu wɔ mo bɔne mu.” Wɔbisaa no sɛ, “Wo koraa, wone hwan?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mene deɛ daa meka kyerɛ mo sɛ meyɛ. Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ na asɛm a meka no yɛ deɛ mate afiri ne nkyɛn.” Nnipa no ante no aseɛ sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monya ma Onipa Ba no so wɔ asɛnnua no so a, na mobɛhunu sɛ, mene deɛ mene no, na afei mobɛhunu bio sɛ memfiri me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom, deɛ Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. Deɛ ɔsomaa me no ka me ho daa. Ɔnnyaa me da, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.” Nnipa a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no mu dodoɔ no ara gyee no diiɛ. Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔgyee no diiɛ no sɛ, “Sɛ modi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafoɔ. Ɛno ansa na mobɛhunu nokorɛ no na nokorɛ no bɛma mo ade mo ho.” Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛn deɛ yɛyɛ Abraham asefoɔ. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na ɛyɛ dɛn na woka sɛ wobɛma yɛade yɛn ho?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba deɛ, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. Ɛno enti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa. Megye tom sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri sɛ, monni ne nkyerɛkyerɛ so. Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so.” Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei. Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.” Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ, ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me pɛ mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me. Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri sɛ, mompɛ sɛ mote aseɛ. Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. Nanso me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ enti na monnye me nni no. Mo mu hwan na ɔbɛtumi aka sɛ medi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn enti na monnye me nni? Obiara a ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo deɛ, ɛsiane sɛ momfiri Onyankopɔn mu no enti na montie nʼasɛm no.” Yudafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?” Yesu buaa sɛ, “Menni honhommɔne. Medi mʼAgya ni na mo deɛ monni no ni. Memmpere nhwehwɛ animuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na ɔdi ma me. Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo sɛ, obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.” Yudafoɔ no nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei na yɛahunu ampa ara sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wuiɛ. Adiyifoɔ no nso wuwuiɛ. Nanso, wo deɛ woka sɛ, ‘Obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.’ Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu sɛ woyɛ hwan?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho animuonyam a, mʼanimuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka sɛ ɔyɛ mo Onyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me animuonyam. Mo deɛ, monnim no, nanso me deɛ, menim no. Sɛ meka sɛ mennim no a na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo ara. Menim no na madi nʼasɛm nso so. Mo agya Abraham ani gyee sɛ ɔbɛhunu me ba a mɛba no. Ɔhunuiɛ na nʼani gyeeɛ.” Yudafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Wonnii mfeɛ aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?” Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.” Yudafoɔ no tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no, nanso Yesu kɔhintaeɛ. Yei akyi no, ɔfirii asɔredan no mu hɔ kɔeɛ. Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?” Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.” Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ. Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?” Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.” Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.” Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.” Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.” Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no. Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu. Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.” Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?” Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani. Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.” Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no. Yei enti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no. Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.” Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?” Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?” Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!” Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri. Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no. Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirani ahunu adeɛ da; sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.” Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛberɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?” Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.” Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu. Yesu kaa sɛ, “Mebaa ewiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.” Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?” Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Esiane sɛ mogye to mu sɛ mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu.” “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ. Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no. Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne. Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.” Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase. Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no. Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea. Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara. “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan. Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete. Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho. “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me, sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no. Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.” Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu. Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?” Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no, Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ, nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan. Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. Me ne Agya no yɛ baako.” Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?” Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!” Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’ Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a, ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm? Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni. Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi. Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.” Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ. Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.” Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.” Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?” Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.” Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.” Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.” Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada. Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu; nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.” Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie. Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.” Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.” Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.” Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu. Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.” Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?” Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.” Yesu suiɛ. Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.” Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?” Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.” Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?” Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me. Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!” Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.” Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ. Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.” Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee! Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?” Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,” na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako. Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu. Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ. Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.” Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no. Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu. Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee wɔ saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɛpono no ho. Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa. Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho, enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?” Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi. Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo. Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ hɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena hɔ daa.” Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso. Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso, ɛfiri sɛ, ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi. Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!” Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ, “Nsuro, Ɔbabaa Sion! Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so reba wo nkyɛn.” Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no. Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ. Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ. Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!” Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.” Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii. Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.” Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane. Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.” Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti. Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu. Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no. Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan. Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ de ne ho kɔhintaeɛ. Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara. Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi? Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?” Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ, “Onyankopɔn afira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.” Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho. Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam. Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di. Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu. “Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa. Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn. Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no. Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!” Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma. Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn. Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene. Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ. Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.” Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.” Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.” Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no. Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa? Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ. Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase. Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no. Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira. “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu. “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.” Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!” Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ ɔde no no. Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.” Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan?” Yesu buaa sɛ, “Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama.” Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!” Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu sɛ, Yesu reka akyerɛ no sɛ, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi. Yuda gyee burodo no pɛ na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo. Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi. Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so. “Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo hɔ. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no. “Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’ ” Simon Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.” Petro bisaa no sɛ, “Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo.” Yesu bisaa no sɛ, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.” Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.” Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?” Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!” Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.” Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn. Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.” “Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte. Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio. Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane sɛ mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase. Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu sɛ mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no. Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.” Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?” Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn. “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso. “Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn. Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi. Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi. Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no. “Monsɔre ma yɛnkɔ.” “Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no. Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada. Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu. “Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye. Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo. Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam. “Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu. Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no. Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mʼanigyeɛ no bi na ama mo anigyeɛ awie pɛyɛ. Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom. Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom. Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo. Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo. Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho. “Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo. Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no. Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsene ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo. Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no. Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara. Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso. Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya. Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu. “Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo. Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ pɛɛ.” “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn. Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na ɛberɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛkum mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn. Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me. Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɛberɛ no duru a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Ahyɛaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.” “Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho. Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn. Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo. Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni. Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio. Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada. “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ. Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.” “Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.” Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.” Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ. Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase. Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam. Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo. Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. “Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo, ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ. Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.” Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ. Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.” Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di? Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho. “Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!” Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɛberɛ no aduru. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam. Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ. Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ. Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha. “Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn. Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me. Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea. Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam. Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no. Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu. “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa ɛberɛ a meda so wɔ ewiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mʼanigyeɛ bɛhyɛ wɔn ma. Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na ewiasefoɔ tanee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔmfiri ewiase sɛdeɛ me nso memfiri ewiase no. Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam. Sɛdeɛ memfiri ewiase no, saa ara nso na wɔmfiri ewiase. Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron. Sɛdeɛ wosomaa me baa ewiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ ewiase. Wɔn enti, mede me ho ma wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo. “Memmɔ mpaeɛ mma wɔn nko. Mebɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔnam asuafoɔ asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛdeɛ wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ewiase bɛgye adi sɛ, wo na wosomaa me. Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahunu mʼanimuonyam, animuonyam a wode maa me no, ɛfiri sɛ, wodɔ me ansa na wobɔɔ ewiase. “Agya kronkron, ewiase nnim wo, nanso me deɛ, menim wo; na asuafoɔ yi nim sɛ wo na wosomaa me. Mama wɔahunu sɛdeɛ wo te na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso, matena wɔn nso mu bi.” Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu. Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ. Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no. Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?” Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi. Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase. Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?” Na wɔbuaa sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada sɛ me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛnneɛ momma mʼasuafoɔ no nkɔ.” Ɔkaa yei nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka sɛ, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyeraeɛ” no, bɛba mu. Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa wo sekan no sane hyɛ faako a wotwe firiiɛ. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano anaa?” Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, de no dii ɛkan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no. Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no. Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanin no nim no yie. Saa osuani no na ɔnyaa ɛkwan kɔɔ ɔsɔfopanin no efie hɔ. Petro deɛ ɔkaa ɛpono no akyi. Saa osuani a na ɔnim ɔsɔfopanin no yie no, sane baeɛ ne abaayewa a na ɔhwɛ ɛpono no ano no bɛkasaeɛ maa Petro nyaa ɛkwan kɔɔ mu. Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?” Petro buaa sɛ, “Dabi.” Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi. Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho. Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam. Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.” Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.” Yesu buaa no sɛ, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekaeɛ no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaeɛ no nso yɛ nokorɛ deɛ a, adɛn enti na wobɔ me?” Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim. Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?” Petro sanee bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ. Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi. Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?” Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” Yudafoɔ no nso kaa sɛ, “Yɛnni tumi sɛ yɛkum obi.” Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee. Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu nso bisaa no sɛ, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?” Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?” Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.” Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.” Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ. Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?” Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ. Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.” Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!” Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.” Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.” Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie. Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no. Pilato bisaa no sɛ, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, mewɔ tumi sɛ megyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!” Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.” Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Sɛ wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!” Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.” Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no. Pilato ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Mo ɔhene no ni!” Ɛdɔm no nso teateaa mu bio sɛ, “Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ, “Mopɛ sɛ mebɔ mo ɔhene no asɛnnua mu anaa?” Asɔfoɔ mpanin no kaa sɛ, “Yɛn ɔhene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitire So” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.” Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini. Pilato twerɛɛ sɛ: Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi. Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ. Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ ɔhene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ ɔhene!’ ” Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.” Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ. Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.” Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu, bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu. Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no. Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.” Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ. Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.” Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano. Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu. Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so. Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan. Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi. Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ. Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi. Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu. Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no. Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ. Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no. Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no. Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no enti, wɔsiee Yesu amu no wɔ hɔ. Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano. Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!” Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so. Nanso, saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho kɔduruu hɔ kane. Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie. Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ wɔ faako a na Yesu amu no da no. Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?” Maria de awerɛhoɔ buaa sɛ, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto.” Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno. Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?” Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”). Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.” Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. Saa ɛda no ara anwummerɛ a na ɛsiane Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, asuafoɔ no ato wɔn ho ɛpono mu no, Yesu baa ɛdan no mu hɔ kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie. Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.” Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi. Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔahunu Awurade no!” Wannye anni kaa sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.” Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!” Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di.” Yesu yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree kyerɛɛ nʼasuafoɔ no a wɔantwerɛ wɔ saa nwoma yi mu. Nanso, biribiara a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no, wɔatwerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mogye no di a, mobɛnya nkwa. Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie: Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho. Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, “Merekɔyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara. Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, moayi nam bi anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Dabi.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe. Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ. Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete. Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.” Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.” Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan. Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.” Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no? Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?” Yesu buaa no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi.” Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?” Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ. Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na sɛ wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di sɛ ɛrensene ewiase. Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no. Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.” Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.” Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio. Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.” Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda. Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ. Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ: Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu. (Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.) Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ, “ ‘Ne efie nna mpan, na ne som adwuma no, obi mfa.’ Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.” Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia. Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no, sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.” Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho. Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako. Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma. Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan. Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem. Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa? Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu, ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?” Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?” Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.” Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi. Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro. Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ. Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so, mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm. Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ wɔ ɔsoro ne asase so. Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya. Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’ “Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.” Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da. Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu. Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim. “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha, kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.” Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?” Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no. Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.” Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.” Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho. Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ. Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no. Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho. Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ. Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!” Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi. Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!” Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn. Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ? Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo. Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ. Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi. “Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim. Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu. Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no. Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’ “Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn. Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.’ Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.” Ɛberɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn. Wɔn bo fuu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu. Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa enti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ. Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no diiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem. Wɔhyiaa Ɔsɔfopanin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforɔ a wɔfiri Ɔsɔfopanin no abusua mu. Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɛɛ yei?” Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buaa sɛ, “Ɔman mpanimfoɔ ne atitire. Sɛ ɛnnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ, “ ‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a abɛyɛ tweatiboɔ.’ Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.” Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ. Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.” Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa. Deɛ yɛahunu ne deɛ yɛate deɛ, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.” Agyinatufoɔ no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso, na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. Na ɔbarima a wɔnam anwanwakwan so saa no yadeɛ no adi boro mfeɛ aduanan. Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ agyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn. Ɛberɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu, wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi? Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no. Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a woate ne ho no. Wɔhyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfoɔ yi mfa akokoɔduru nka wʼasɛm yi. Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo ɔsomfoɔ Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.” Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoeɛ. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wɔfirii aseɛ de akokoɔduru kaa Onyankopɔn asɛm. Agyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ. Asomafoɔ no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no brɛɛ asomafoɔ no maa wɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ɛho hia obiara. Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no, tɔn nʼasase de sika a ɔnyaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi. Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no. Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.” Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no. Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ. Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.” Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.” Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.” Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn. Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no. Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii. Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho. Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho. Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase. Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.” Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim. Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ sɛ, “Ɛberɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.” Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi. Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ. Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!” Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu. Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.” Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no. Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi. Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie. Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ. Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ. Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu. Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.” Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn. Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ. Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da. Ɛberɛ bi akyi a na asuafoɔ no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifoɔ a wɔka Arameike ne Hebrifoɔ a wɔka Griik kasa no ntam. Na Hebrifoɔ a wɔka Griik no no asɛm ne sɛ, Hebrifoɔ a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafoɔ yie. Enti, asomafoɔ dumienu no frɛɛ asuafoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛgyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduane. Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyeɛ nyinaa bɛbɔ mpaeɛ aka Asɛmpa no.” Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu. Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so. Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ. Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ asafo no mu. Nanso, da koro bi nnipa bi a wɔfiri Yudafoɔ hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifoɔ Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafoɔ a wɔfiri Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnyeɛ. Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee. Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.” Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim. Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no. Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!” Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim. Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?” Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’ “Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so. Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia. “Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti, ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Ɛberɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ. “Saa ɛberɛ no mu, ɛkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni. Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan. Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ. Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum. Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu. “Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ. Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu. “Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa, na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu. “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no. Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ. Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’ “Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ? Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu. “Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ. “Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron. Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’ “Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ. Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no. “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn. Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn. “Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio. Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’ Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ. Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ, “ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’ “Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ. Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so. Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn. Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn. “Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ, “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Awurade na ɔseɛ. Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me? Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?’ “Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan. Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no. Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.” Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie. Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so. Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!” Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so, twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so. Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ. Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara. Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie. Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase. Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ. Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no. Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ. Yei enti, anigyeɛ baa Samaria. Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu. Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.” Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu. Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no. Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so. Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.” Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim. Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.” Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.” Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase. Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.” Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie. Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.” Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?” Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi, “Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano. Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ. Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.” Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?” Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no. Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?” Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu. Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so. Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea. Saa ɛberɛ no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifoɔ no ase. Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanin no nkyɛn kɔgyee adansedie krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi ɔsoro twa faa ne ho, maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?” Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?” Nne no buaa sɛ, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.” Nne no kaa sɛ, “Sɔre na kɔ kuro no mu na wɔbɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.” Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara. Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso. Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!” Ɔgyee so sɛ, “Awurade!” Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ. Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.” Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no. Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.” Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din. Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.” Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn. Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.” Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee. Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no, nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no. Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam. Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho nanso wɔsuroo no, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni sɛ wasakyera abɛyɛ osuani. Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛdeɛ Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko ɛkwan so no ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. Saulo ne wɔn tenaeɛ na ɔde akokoɔduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. Saulo ne Helenifoɔ nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum no. Ɛberɛ a agyidifoɔ no tee pɔ a Helenifoɔ no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no ɛkwan ma ɔkɔɔ Tarso. Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu. Petro tutuu akwan kɔɔ mmeammea. Ɛda bi, ɔkɔsraa agyidifoɔ a wɔwɔ Lida no, ɔhyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfeɛ nnwɔtwe wɔ hɔ. Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree. Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu. Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra. Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no. Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn. Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ. Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra. Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin. Na ɔne ne efiefoɔ nyinaa yɛ Nyamesurofoɔ. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafoɔ na daa ɔbɔ mpaeɛ. Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!” Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn.” Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa. Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu. Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam. Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma. Afei, nne bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, sɔre na kum bi we!” Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.” Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.” Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro. Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano. Wɔfrɛ bisaeɛ sɛ, “Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?” Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri sɛ, me na masoma wɔn.” Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?” Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.” Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ. Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ. Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.” Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.” Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’. Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.” Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ. “Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.” Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so. Ɛfiri sɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. Petro kaa sɛ, “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?” Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn. Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ, “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.” Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ, “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’ “Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’ “Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro. “Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’ “Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.” Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.” Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara. Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no. Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn. Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso. Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade. Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.” Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia. Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no. Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ. Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ. Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo. Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim. Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so. Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano. Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa. Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.” Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara. Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ. Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.” Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ. Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ. Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.” Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn. Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ. Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa. Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so. Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn. Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.” Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn. Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ. Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho. Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo. Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.” Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn. Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro. Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ. Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu. Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie. Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm. Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ, “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi.” Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa. Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no. Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem. Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ. Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.” Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me! Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim, na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan. Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ, maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ. Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan. Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’ “Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa. Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’ “Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no. Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no. “Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ, “ ‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’ Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ, “ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’ Wɔaka no baabi nso sɛ, “ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’ “Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ. “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so: “ ‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’ ” Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu. Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm. Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no. Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ” Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa. Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu. Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom. Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma. Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ. Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no. Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ. Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa. Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ. Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ. Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu. Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no. Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu. Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ. Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.” Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn. Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu. Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe. Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.” Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia. Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no. Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ. Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.” Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnyeɛ dendeenden. Saa asɛm yi enti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kɔhunuu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho. Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie. Wɔduruu Yerusalem no, asafo no, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn. Nanso, Farisifoɔ a wɔabɛyɛ agyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so. Asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ, dwenee asɛm yi ho. Wɔdwennwenee ho wieeɛ no, Petro sɔre kasaa sɛ, “Me nuanom, monim sɛ berɛ bi a atwam no, Onyankopɔn yii me firii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi. Sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufoɔ nso atom. Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu. Adɛn enti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso antumi ansoa no soa agyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ? Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.” Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn. Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me! Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho. Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ: “ ‘Yei akyi, mɛsane aba abɛsi Dawid efie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so, na ma sane masi bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’ Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.” Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso. Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu, na wɔka ɛho nsɛm nso wɔ kuro biara mu.” Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiaeɛ, yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi nnipa bi afiri kuo no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Wɔyii mmarima atitire baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. Nwoma a wɔde ma wɔkɔeɛ no mu nsɛm nie: Anuanom amanamanmufoɔ a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyea mo. Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene. Yei enti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba. Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo. Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛremfa adesoa foforɔ bi a emu yɛ duru nnsoa mo; monnni aduane a wɔde ama abosom; saa ara nso na monnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ. Bio, montwe mo ho mfiri adwamammɔ ho. Sɛ motumi di saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛbɛsi mo yie. Yɛsane kyea mo. Wɔgyaa nnipa no kwan maa wɔkɔɔ Antiokia. Wɔduruu hɔ no, wɔhyiaa agyidifoɔ no de nwoma no maa wɔn. Agyidifoɔ no kenkanee nwoma no no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyeeɛ. Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifoɔ no ne anuanom no kasa kyɛreeɛ, hyɛɛ wɔn nkuran. Wɔdii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu maa wɔsane kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. Nanso, Silas de, wankɔ bi. Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi maa wɔkyerɛkyerɛeɛ, kaa Awurade asɛm. Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Ma yɛnsane nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkuro a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔrekɔ so wɔ gyidie mu.” Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, nanso Paulo ampene so, ɛfiri sɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ɔgyaa wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankɔsi awieeɛ. Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu teteeɛ. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa wɔfirii hɔ kɔeɛ. Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den. Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa. Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn. Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho. Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan. Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa. Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ, yɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli. Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu. Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no. Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ. Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia bɔ mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo.” Yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu firi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu. Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ. Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.” Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu. Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho. Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!” Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?” Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.” Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi. Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Mpanin no asoma abɛka sɛ mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu.” Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.” Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu. Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ. Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no. Sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ wɔ Atwerɛsɛm no ho, kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no. Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no. Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu, ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no. Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn. Adeɛ saeɛ ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa. Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ. Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm. Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhunuu ahoni pii wɔ kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie. Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no. Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm. Wɔde Paulo kɔɔ Areopago nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase, ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.” Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ. Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa sɛ, “Atenefoɔ, mehunu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie. Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, Onyame a wɔnnim no no de. Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi. “Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn. Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ. Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no; sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no. “Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ. Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so. Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.” Ɛberɛ a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ wosane ka saa asɛm no bio.” Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase hɔ kɔeɛ. Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi. Yeinom akyi no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so. Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan. Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di. Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no. Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.” Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.” Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu. Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ, kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.” Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka. Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.” Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee. Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Esiane ɛbɔ a na wahyɛ no enti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kenkrea. Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ. Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so. Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso. Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia. Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den. Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie. Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim. Ɔhyɛɛ aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Ɛberɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ efie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie. Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie. Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no. Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.” Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.” Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm. Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu. Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene. Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no. Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ, maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!” Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?” Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ. Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ. Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm. Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so. Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.” Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra. Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso. Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam. Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so. Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.” Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ. Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ. Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so. Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa. Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.” Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no. Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia. Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa. Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ. Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no. Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa. Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ. Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom. Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!” Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ. Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie. Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ. Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto. Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no. Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ. Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni. “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo. “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo. “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’ ” Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu. Yɛne Efeso asafo mpanimfoɔ no dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee kɔɔ Ko. Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Rodo na yɛfirii hɔ kɔɔ Patara. Yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔeɛ. Yɛduruu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yɛtwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yɛsii fam wɔ Tiro, ɛfiri sɛ, na ɛhɔ na wɔrekɔyi ɛhyɛn no mu nneɛma. Yɛhunuu asuafoɔ bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnawɔtwe. Asuafoɔ no nam Honhom Kronkron adiyie so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Nanso, ɛberɛ duruu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfiri hɔ no, yɛgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Asuafoɔ no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔgyaa yɛn kwan kɔduruu mpoano. Yɛduruu hɔ no, yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. Afei, yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wieeɛ no, yɛkɔtenaa ɛhyɛn no mu maa wɔn nso sane kɔɔ efie. Yɛfiri Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so faa nsuo ani kɔduruu Ptolemai. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔkyeaa asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. Adeɛ kyeeɛ no, yɛfirii hɔ kɔɔ Kaesarea. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima baason a wɔyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fie kɔtenaa ne nkyɛn. Na Filipo wɔ mma mmaabunu baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm. Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo firi Yudea baa hɔ. Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no na wɔde no ahyɛ amanamanmufoɔ no nsa ni!’ ” Yɛtee saa asɛm yi no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhoɔ yi ase ne sɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na mesuro, na sɛ ɛtwa sɛ mewu mema Awurade Yesu a, mɛwu.” Yɛkaeɛ kaeɛ a wampene no, yɛgyae kaa sɛ, “Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho firii hɔ kɔɔ Yerusalem. Kaesarea asuafoɔ no bi ne yɛn kɔeɛ. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ɔfiri Kipro a ɔgyee Yesu Kristo diiɛ akyɛre no fie. Yɛduruu Yerusalem no, asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn fɛw so. Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔkyeaa Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanimfoɔ. Nkyea no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu no kyerɛɛ wɔn. Wɔtiee Paulo amanneɛbɔ no wieeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, wʼankasa wodi adanseɛ sɛ Yudafoɔ mpempem na na wɔabɛyɛ asuafoɔ a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. Saa nnipa yi ate sɛ wotia Mose mmara no ne Yudafoɔ amanneɛ; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔte amanamanmufoɔ no mu sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia na wɔnnni yɛn amanneɛ nso so. Deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti, afei yɛbɛyɛ no ɛdeɛn? Yɛ deɛ yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔresiesie wɔn ho ama amanneɛ ho bɔhyɛ. Wo ne wɔn nkɔ na monkɔdwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwitwa wɔn tirinwi. Yei bɛma obiara ahunu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wʼankasa mpo, wodi Mose mmara no so. Amanamanmufoɔ a wɔabɛyɛ asuafoɔ no de, yɛatwerɛ akɔma wɔn akyerɛ gyinaeɛ a yɛasi sɛ, wɔnnni aduane biara a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom; wɔnnni mogya; wɔnnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na ɔwuiɛ; na afei nso, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho.” Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne mmarima no kɔdwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wɔbɛwie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn mmaako mmaako. Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia hunuu Paulo wɔ asɔredan mu hɔ, hwanyanee nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa maa wɔkyeree Paulo. Wɔteateaam sɛ, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Yei ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfoɔ, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufoɔ bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.” Deɛ ɛma wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahunu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wɔsusu sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ. Wɔtee saa asɛm yi no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apono no nyinaa mu. Ɛberɛ a ɛdɔm no pɛɛ sɛ wɔkum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafoɔ apem so safohene no sɛ, basabasa asi Yerusalem. Amonom hɔ ara, ɔsafohene no ne asraafoɔ mpanin bi ne asraafoɔ bi de ahoɔherɛ kɔɔ baabi a dɔm no ahyia no. Ɛberɛ a nnipa no hunuu no ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ. Ɔsafohene no kɔsɔɔ Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkorɔ; ebinom ka sei a, na afoforɔ nso aka sei. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhunu asɛm pɔtee a asi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. Wɔde Paulo duruu atwedeɛ no ano no, ɛdɔm no bɔ toaa no enti asraafoɔ no tam no kɔeɛ. Ɛdɔm no tu dii wɔn akyi teateaam sɛ, “Monkum no!” Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ, “Mesrɛ wo, mɛtumi maka asɛm bi makyerɛ wo anaa?” Ɔsafohene no nso bisaa no sɛ, “Enti, wote Hela kasa? Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ɔhyɛɛ basabasayɛ ase dii mmarima awudifoɔ mpemnan anim kɔɔ ɛserɛ so no?” Paulo buaa no sɛ, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kuro a agye din no mu onipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho ɛkwan na me ne nnipa no nkasa.” Ɔsafohene no maa Paulo ɛkwan ma ɔgyinaa atwedeɛ no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu sɛ: “Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi.” Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so sɛ, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi. Metaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho no nyinaa ma wɔkunkumm wɔn. Mekyeree mmaa ne mmarima de wɔn guu afiase. Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso. “Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho. Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?’ “Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Ɛnne no buaa me sɛ, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’ Nnipa a na wɔne me nam no hunuu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. “Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’ Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko. “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Onua Saulo, hunu adeɛ bio!’ “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’ “Mesane mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpaeɛ wɔ asɔredan mu no, mehunuu Awurade wɔ anisoadehunu mu na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ ntɛm firi Yerusalem ha, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanseɛ a wodi fa me ho no.’ “Mekaa sɛ, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafoɔ, boroo wɔn. Saa ara nso na ɛberɛ a wɔkumm wo danseni Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifoɔ no ntoma so.’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ, mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’ ” Ɛberɛ a Paulo kaa sɛ wɔasoma no amanamanmufoɔ nkyɛn pɛ, ɛdɔm no hyɛɛ aseɛ teateaam denden sɛ, “Monkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena ewiase!” Nnipa no kɔɔ so teateaam, hugyaa wɔn ntoma, saa mfuturo, to petee ewiem. Roma safohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka deɛ enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wɔtie nʼasɛm no. Ɛberɛ a wɔkyekyeree no wieeɛ a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panin a na ɔgyina hɔ no sɛ, “Mowɔ ho ɛkwan sɛ mobɔ Romani a wɔnnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa anaa?” Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!” Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woyɛ Romani anaa?” Paulo buaa no sɛ, “Aane meyɛ Romani.” Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.” Paulo nso kaa sɛ, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.” Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroeɛ sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn. Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ɔhunu deɛ enti a Yudafoɔ no asɔre atia Paulo no enti, adeɛ kyeeɛ no, ɔhyɛ maa wɔyii Paulo firii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfoɔ mpanin ne agyinatufoɔ no nyinaa hyiaeɛ. Afei, ɔde Paulo kɔeɛ sɛ wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu. Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.” Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ nʼano so. Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wote sɛ ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!” Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?” Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’ ” Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu, ɛfiri sɛ, na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di. Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!” Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ sɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu. Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.” Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi sɛ wɔbɛkum Paulo. Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan. Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛaka ntam, adi nse sɛ hwee renka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.” Nanso, Paulo wɔfaase bi tee pɔ a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amaneɛ. Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ mpanin no abɔ pɔ sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no sɛ wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie. Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.” Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.” Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.” Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ: Me Klaudio Lisia a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi, kyea wo! Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no. Mehunuiɛ sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. Ɛno enti, ɛberɛ a metee sɛ Yudafoɔ bi abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka. Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm.” Afei, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no. Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani sɔ deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no. “Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so, hyɛɛ sɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokorɛ.” Yudafoɔ no nso foaa nsɛm a wɔkaeɛ no so, sɛ ɛyɛ nokorɛ. Afei, Amrado no maa Paulo kwan sɛ ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, sɛ megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro. Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom. Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ. Nanso, megye tom sɛ me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi. Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu. Yei enti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim. “Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka. Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’ ” Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa sɛ, “Sɛ Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no.” Ɔhyɛɛ ɔsraani panin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan. Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no baeɛ. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no maa ɔbɛkaa gyidie a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. Paulo reka tenenee, ahosohyɛ ne Atemmuo da ho asɛm no, Felike suroeɛ enti ɔkaa sɛ, “Kɔ! Akyire yi, sɛ menya adagyeɛ a, mɛsoma mabɛfrɛ wo.” Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno enti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no. Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani no enti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ. Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. Nanso, Festo buaa wɔn sɛ, ɛsiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛre biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ enti, wɔn a wɔdi asɛm no anim no ne no nkɔ nkɔdi asɛm no wɔ hɔ. Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm. Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menni biribiara ho fɔ, ɛfiri sɛ, menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.” Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kɔdi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?” Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no. Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, sɛ nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare.” Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.” Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani; na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ mennyina so mmu no kumfɔ. “Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho. Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa? Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.” Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mepɛ sɛ mʼankasa metie nʼano asɛm.” Festo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm.” Adeɛ kyeeɛ no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafoɔ mpanimfoɔ ne kuro no mu mpanin kaa ne ho kɔɔ asɛnniiɛ hɔ. Festo hyɛ maa wɔde Paulo baa asɛnniiɛ hɔ. Festo kaa sɛ, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafoɔ a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ memmu no kumfɔ no, nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bɛbu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare no enti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. Esiane sɛ menni asɛm pɔtee bi a mɛtwerɛ akɔma Ɔhempɔn Kaesare enti, na mede no aba wo Ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wowie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so matwerɛ ne ho asɛm. Mennye nni sɛ nteaseɛ wom sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a mentwerɛɛ biribi pɔtee bi a ɛtia no!” Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Afei, mema wo ho ɛkwan sɛ woyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasaa sɛ, “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho. Deɛ ɛma meka saa ne sɛ, wonim Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ nyinaa fekɔɔ. Enti, mesrɛ wo, to wo bo ase tie me. “Yudafoɔ no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa firi me mmɔfraase. Wɔnim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso. Sɛ wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim sɛ meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi. Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi. Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ? “Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din. Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene. Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.” “Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ. Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’ “Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho. Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’ “Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no. Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera. Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me sɛ wɔrekɔku me. Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ, Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ.” Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa sɛ, “Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam.” Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu. Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.” Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?” Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.” Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔreeɛ. Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.” Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Sɛ onipa yi nnwane ntoaa Kaesare a anka yɛbɛtumi agyaa no.” Wɔsii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafoɔ panin no nsa. Yɛkɔtenaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho. Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no. Esiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. Yɛnam ɛpo so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu. Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea. Esiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa ɛberɛ no nso ɛpo no so fa yɛ hu no enti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ, “Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no. Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no enti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka ɛhyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu. Mframa a ano nyɛ den bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa no susuu sɛ wɔbɛtumi atoa wɔn akwantuo no so sɛdeɛ wɔahyehyɛ no. Enti, wɔtuu sɛkyɛ no de ɛhyɛn no faa Kreta mpoano. Ankyɛre koraa na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no “Atifi Apueeɛ Mframa” bɔ firii supɔ no so. Mframa no bɔ bunkam faa yɛn ɛhyɛn no so twee no kɔɔ ɛpo no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdane ɛhyɛn no ani na anyɛ yie no, yɛgyae maa mframa no twee no kɔeɛ. Yɛduruu supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛeɛ ansa na yɛretumi atwe ɛhyɛn no kodoɔ a ɛsɛn akyire no aba mu. Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno enti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma no bi to guu ɛpo no mu. Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ. Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ. Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, ɛhyɛn no na ɛbɛbɔ. Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’ Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. Nanso, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛhyɛn no bɛbɔ wɔ supɔ bi mpoano.” Ne nnawɔtwe mmienu anadwo no a na mframaden no enti ɛhyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria ɛpo so no, ɔdasuo mu na ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ hunuu sɛ yɛrebɛn asase. Wɔtoo susuhoma hunuu sɛ nsuo no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wɔsusuu bio no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a ɛhyɛn no bɛpem abotan bi enti, wɔtoo sɛkyɛ ɛnan wɔ ɛhyɛn no akyi twɛn kɔsii adekyeeɛ. Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ pɛɛ sɛ wɔdwane. Enti, wɔgyaee ɛhyɛn no kodoɔ no sii ɛpo no ani boapa yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto asɛkyɛ wɔ ɛhyɛn no anim. Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panin no ne asraafoɔ a wɔka ne ho no sɛ, “Sɛ ɛhyɛn yi mu adwumayɛfoɔ no dwane a, mobɛwuwu.” Yei enti, asraafoɔ no twaa ahoma a ɛkyekyere ɛhyɛn no kodoɔ no mu no maa ɛkɔeɛ. Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano. Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa burodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ. Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔhyɛɛ aseɛ didiiɛ. Nnipa a na yɛwɔ ɛhyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔson nsia. Obiara didi meeɛ no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no too aburoo a ɛwɔ ɛhyɛn no mu no guu ɛpo no mu ma ɛhyɛn no mu yɛɛ hare. Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɛfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a ɛpo no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim. Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ. Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara rennya ɛkwan nnwane. Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no enti, wamma wɔn ho ɛkwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no ahyɛaseɛ nnware nkɔ mpoano. Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo. Yɛduruu mpoano hɔ no, ankyɛre na yɛhunuu sɛ yɛwɔ supɔ Malta so. Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛ so. Esiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ. Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyeɛ aka no no, bebaree ne nsa ho. Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkaa sɛ, “Saa onipa yi yɛ owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu wɔ ɛpo akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne enti, owuo ara na ɛtwa sɛ ɔwu.” Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu sɛ Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakyeraa wɔn adwene kaa sɛ, “Ɔyɛ onyame bi.” Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano hɔ; ɔgyee yɛn fɛw so, somm yɛn hɔhoɔ nnansa. Saa ɛberɛ no ara na Publio agya yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den. Deɛ Paulo yɛeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ. Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn. Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so. Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa wɔ hɔ. Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi bɔ firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli. Ɛha na yɛhyiaa agyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma. Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn ɛkwan wɔ adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia ɛkwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Ɛberɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase. Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no. Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me. Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa. Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.” Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn. Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.” Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene. Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni. Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ, “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ, ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ. Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,’ ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.” Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!” Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden. Paulo tenaa hɔ mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔde akokoɔduru kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm. Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu. Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu. Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi. Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa. Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara. Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den. Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no. Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie. Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ. Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn. Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen. Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro, kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm. Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ. Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so. Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho? Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no. Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho. Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu. Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn. Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn. Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu. Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa? Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn. Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa? Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no. Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann. Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.” Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?” Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara nyɛ ɔteneneeni; obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan. Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.” “Wɔn anom te sɛ damena a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.” “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.” “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.” “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho; baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa, na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.” “Na wɔnnsuro Onyankopɔn.” Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne. Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu. Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so. Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti. Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn. Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem. Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so. Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.” Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu. Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.” Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.” Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ. Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia. Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no. Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so. Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ. Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no. Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo. Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu. Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn. Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa. Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu. Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne. Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta. Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso. Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ. Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu. Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa. Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ. Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba. Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu? Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu. Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase. Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛtena. Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio. Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn. Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne. Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma. Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase. Ɛdeɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabi! Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu. Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee. Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi. Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo. Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu. Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so. Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. Ɛno enti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ. Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn. Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom. Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ. Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ. Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me. Nanso mmara no yɛ kronkron; na mmaransɛm no nso yɛ kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso. Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu sɛ bɔne yɛ adeɛ a ɛyɛ hu. Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi. Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ. Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no. Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ. Papa mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne. Enti, afɔbuo nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba. Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no. Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ. Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. Ɛwom sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase. Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa. Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ. Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa. Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. Ɛfiri sɛ, moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma ɔsuro, na mmom, moanya abayɛ Honhom na yɛnam ne so su sɛ, “Abba, Agya!” Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma enti, yɛyɛ adedifoɔ; Onyankopɔn adedifoɔ a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanimuonyam. Menim sɛ amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ sɛ, da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam. Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn. Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim. Yɛnim sɛ adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn. Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso. Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem. Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no. Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? Dabi! Wɔatwerɛ sɛ, “Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.” Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da. Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ. Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ. Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho. Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen. Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ. Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no. Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti, ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no. Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi! Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.” Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so. Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.” Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa. Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?” Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?” Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara. Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn. Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ. Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso. Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’, na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’ ” na “Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ” Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ, “Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a, wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa. Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.” Yesaia nso kaa sɛ, “Sɛ Awurade Otumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.” Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.” Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ. Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu. Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni. Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.” Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.” Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.” Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.” Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ: “Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.” Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.” Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.” Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ, “Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.” Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu. Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ, “Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔkum me.” Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.” Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo. Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ, ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ aso a ɛmma wɔnnte asɛm, de bɛsi ɛnnɛ.” Na Dawid ka sɛ, “Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ; na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.” Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma? Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ. Sɛ wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron. Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi. Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini. Na mobɛka sɛ, “Ɛyɛ, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.” Aane, nanso monkae sɛ wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie. Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo? Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam yɛ ma mo wɔ ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo. Na sɛ Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa. Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ sɛ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho. Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho? “Agyenkwa no bɛfiri Sion aba, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu. Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so na mapepa wɔn bɔne.” Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa. Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara. Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ, na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam. “Hwan na ɔnim Awurade adwene anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?” “Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?” Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen. Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu. Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ. Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so. Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. Yɛwɔ akyɛdeɛ ahodoɔ sɛdeɛ wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛdeɛ yɛ nkɔmhyɛ a, ma ɔnnyina ne gyidie so mfa nyɛ adwuma. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ; Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforɔ a, ma ɔmfiri akoma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamyɛ a, ma ɔmfa anigyeɛ nyɛ. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho. Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho. Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade. Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ. Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden. Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn. Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ. Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo. Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu. Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ. Enti, “Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.” Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so. Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn. Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no enti. Yei enti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa. Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no. Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no yɛ, na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no. Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu. Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ. Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ. Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara. Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no. Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim. Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ. Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura. Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ” Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn. Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no. Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no. Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den. Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɛ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne. Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe ɛnam, nnom nsã anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua. Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ ɔdi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɛ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko yɛ, mfa nhyɛ no den. Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka sɛ, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ. Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no. Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.” Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.” Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.” Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre, deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.” Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ. Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti. Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho. Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so. Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.” Yei enti na ɛberɛ biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi si me ɛkwan. Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti, mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no. Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no. Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu. Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no. Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo. Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba. Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me. Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom. Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo. Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen. Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso. Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa. Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso. Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no. Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia. Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki. Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa. Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie. Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no. Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso. Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa. Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho. Kristo asafo no nyinaa kyea mo. Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho. Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee. Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho. Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo. Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo. Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen. Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn, Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ. Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa? Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ. Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio. Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa. Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden. Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no. Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.” Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no. Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me. Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so. Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Deɛ onipa biara anhunu na wante da, deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.” Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ. Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Hwan na ɔnim Awurade adwene? Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?” Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi. Nokorɛm, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ ewiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie. Memaa mo nufosuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo, ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ ewiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ ewiasefoɔ a mote hɔ ma ewiase? Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ ewiasefoɔ anaa? Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. Nsonsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ. Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan. Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio. Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa ɛserɛ anaa wira. Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no ogya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ. Sɛ deɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ɛbɛnya akatua. Na sɛ obi adwuma hye wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu. Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu! Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no. Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ ewiase yi mu onyansafoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ. Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.” Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade nim onipa nsusuiɛ. Ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.” Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea. Paulo, Apolo ne Petro, saa ewiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea, na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea. Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa. Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ. Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn. Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn. Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahinta wɔ nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no. Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta. Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ? Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ. Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo. Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena; yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano. Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ. Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɛkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. Mesrɛ mo sɛ monsuasua me. Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no. Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo. Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn? Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu. Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa. Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu.” Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so. Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no. Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho. Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne yeinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri ewiase koraa. Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn? Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.” Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam? Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn? Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn? Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm. Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm? Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da, anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam. Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa. Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea. Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu. Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.” Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu. Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua. Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho nie: Ɛyɛ sɛ ɔbarima nware. Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛdeɛ sɛ okunu na ɔbaa nso yɛ nʼasɛdeɛ sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so. Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan. Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso, obiara wɔ adom akyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Yei wɔ nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso wɔ nʼakyɛdeɛ. Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafoɔ ne akunafoɔ ne sɛ: Ɛbɛyɛ sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete hɔ yi. Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ sɛ mobɛware sene sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ. Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔbaa gyaa ne kunu. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere. Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. Saa ara nso na sɛ Okristoni baa wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbaa no gyaa no. Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no enti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ Okristoni no nso, ɛsiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no enti, Onyankopɔn bɛte ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfoɔ mma, nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔyɛ kronkron. Na sɛ nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoeɛ mu. Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa? Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia. Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so. Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara. Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa anaa? Mma ɛno nha wo na sɛ wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so. Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno enti, monnyɛ nkoa mma nnipa. Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no. Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu. Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara. Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere. Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so. Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da; wɔn a wɔsu yɛ sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere yɛ sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ; wɔn a wɔde ewiase abɔ wɔn bo yɛ sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ ewiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ. Mempɛ sɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; ɛfiri sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. Mereka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma. Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hunu sɛ ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso sɛ ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so enti no ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho. Nanso, ɛyɛ mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware. Ɛyɛ sɛ ɔbarima ware deɛ, nanso sɛ anka wanware koraa a na ɛyɛ. Sɛ ɔbaa ɔwarefoɔ kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu deɛ a, ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔware ɔfoforɔ a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo awadeɛ. Na sɛ ɔtumi tena ase sɛdeɛ ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yie. Mʼadwene ni, na megye di sɛ me nso me wɔ Onyame Honhom. Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ. Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu. Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no. Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa. Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi. Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so. Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu. Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa? Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera! Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn. Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa? Na sɛ afoforɔ mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafoɔ a, mo deɛ, mogye me tom saa. Sɛdeɛ mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanseɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ. Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano. Menni ho ɛkwan sɛ mʼadwuma enti, wɔma me aduane di ma me nsuo nom anaa? Menni ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ asomafoɔ a aka no yɛeɛ no bi, sɛdeɛ Awurade nuanom ne Petro yɛeɛ, na meware Okristoni baa de no ka me ho tu mʼakwan yi? Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhoma? Ɔsraani bɛn na ɔtua ɔno ankasa ne ho ka wɔ ɛberɛ a ɔdi sraa? Okuafoɔ bɛn na ɔnni nʼafuo mu nnɔbaeɛ bi? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔnnom ne nnwan a ɔyɛn wɔn no nufosuo bi? Ɛnsɛ sɛ meti nhwɛsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ dada no mu ɛfiri sɛ, Mmara no ka asɛm korɔ no ara. Yɛkan wɔ Mose Mmara no mu sɛ, “Sɛ wode nantwie retiatia aburoo so a, nkyekyere nʼano.” Nantwie ho asɛm na ɛhia Onyankopɔn anaa? Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokorɛm wɔtwerɛɛ yei de maa yɛn. Onipa a ɔfuntum ne deɛ ɔtwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadie no mu. Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yɛnya ewiase nnepa firi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo anaa? Na sɛ afoforɔ wɔ tumi sɛ wɔhwɛ yeinom anim firi mo nkyɛn a, yɛn deɛ, yɛnni tumi a ɛboro saa? Nanso, yɛnni saa tumi yi ho dwuma biara. Mmom, yɛatena ase saa ara sɛdeɛ yɛremfa suntidua biara nto asɛmpa a ɛfa Kristo ho no. Monim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduane firi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so no nso nya wɔn afɔrebɔdeɛ. Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena firi mu. Nanso, menkaa saa asɛdeɛ yi ho hwee. Ɛnyɛ sɛ meretwerɛ seesei sɛ meregye saa asɛdeɛ no afa. Ɛnneɛ anka mɛdi ɛkan mawu. Obiara rentumi mfa mʼasɛdeɛ no nni agorɔ. Menni tumi sɛ, ɛsiane sɛ meka asɛmpa no enti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka asɛmpa no. Na sɛ manka asɛmpa no a, mɛhunu amane. Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso. Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi. Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase. Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa. Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi. Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no. Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra. Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu. Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ. Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no. Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.” Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no. Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no. Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso. Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa? Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako. Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ. Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne. Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so. Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa? Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn. Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie. Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.” Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara. Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no. Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan? Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?” Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo. Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa. Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no. Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn. Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase. Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam. Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so. Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu. Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no. Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho. Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn. Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa. Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no? Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ. Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som. Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no. Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo! Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.” Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.” Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba. Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ. Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ. Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm. Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no mu. Anuanom, mepɛ sɛ mohunu nokorɛ no. Monim sɛ ɛberɛ a na moyɛ abosonsomfoɔ no na ahoni a awuwu na ɛdi mo so de mo kɔ bɔne mu. Deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka sɛ “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu. Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛdeɛ no, nanso saa akyɛdeɛ no gu ahodoɔ. Akwan ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔfa so som, nanso Awurade korɔ no ara na wɔsom no. Tumi ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som. Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɛkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahunu. Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidie na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwanwadeɛ; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforɔ nso ɔma no tumi ma ɔtumi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda akyɛdeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no ne deɛ ɛmfiri Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforɔ na ɔma ɔfoforɔ nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforɔ no ase. Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara na ɔyɛ yeinom nyinaa; akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no. Kristo te sɛ nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara. Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom. Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree. Sɛ nan ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. Na sɛ aso ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. Na sɛ onipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ? Sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara siiɛ. Sɛ onipadua no nyinaa yɛ akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn? Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no yɛ baako pɛ. Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “wo ho nhia me!” Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan sɛ, “Wo ho nhia me!” Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie. Akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara. Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam. Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom. Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa. Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa. Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Deɛ ɛdi ɛkan, asomafoɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; afei wɔn a wɔyɛ anwanwadeɛ ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yadeɛ anaa wɔboa afoforɔ anaa wɔkyerɛ wɔn ɛkwan anaa wɔka kasa foforɔ. Wɔn nyinaa nyɛ asomafoɔ anaa adiyifoɔ anaa akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwanwadeɛ anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforɔ anaa wɔkyerɛ deɛ wɔka no ase. Monhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛbɛboa mo yie akyiri kwan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan foforɔ a ɛyɛ pa ara. Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ. Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee. Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara. Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ. Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam. Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu. Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no. Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no. Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ. Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ. Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri sɛ, onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye sɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa. Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ, abɛn anaa sankuo a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. Na sɛ deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? Saa ara nso na mebisa sɛ, sɛ moka kasa foforɔ a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni hɔ a nteaseɛ nni mu. Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. Esiane sɛ mopere sɛ mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie. Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforɔ no bɔ mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. Sɛ meka kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom bɔ saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. Ɛdeɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no yɛ sɛ ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so. Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu. Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa nanso, wɔrentie me,” Awurade na ɔseɛ. Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? Nanso, sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!” Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? Sɛ mohyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no. Ɛsɛ sɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan sɛ wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbaa kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ. Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ. Enti, sɛ ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso. Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforɔ. Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so. Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho. Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mokura Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye sɛ moannye anni. Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ, wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa. Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa. Akyire no koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm. Meyɛ obi a mesua koraa wɔ asomafoɔ no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri sɛ, metaa Onyankopɔn asafo. Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. Enti, sɛ ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di. Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka sɛ wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre? Sɛ saa yɛ nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi. Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri sɛ, yɛka sɛ ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛnneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu. Sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. Ɛsane kyerɛ sɛ, wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera. Na sɛ yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu no yɛ ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ ewiase ha. Nanso, nokorɛ a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba. Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na sɛ Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire. Afei sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di ɔhene kɔsi sɛ ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase. Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo. Sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so. Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu? Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu? Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei. Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no. “Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn. Obi bɛbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ onipadua su bɛn?” Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ɛwu ansa na afifiri. Na deɛ wodua wɔ fam no, ɛnyɛ dua, na mmom ɛyɛ awi aba anaasɛ aba foforɔ bi. Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔ wɔn honam; mmoa wɔ wɔn deɛ; nnomaa wɔ wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔ wɔn deɛ. Ɔsoro onipadua wɔ hɔ, ɛnna ɛfam onipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam onipadua. Owia wɔ nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane wɔ ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ. Sɛ wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ. Sɛ wɔsie onipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na ɛnya ahoɔden. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no sɛ onipa ɔteasefoɔ”; nanso Adam a ɔtwa toɔ no yɛ Honhom a ɔma nkwa. Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkura honam fam onipadua no akyi. Wɔde fam mfuturo na ɛbɔɔ Adam a ɔdi ɛkan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi ɔsoro. Wɔn a wɔte asase so no te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wɔfiri ɔsoro. Sɛdeɛ yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ɔfiri ɔsoro no. Anuanom, deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, deɛ wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena hɔ. Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa; sɛ totorobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera. Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho. Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!” “Owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?” Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase! Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da. Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ. Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba. Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ. Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre. Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no. Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha. Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara. Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim. Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba. Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden. Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa. Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom, sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no. Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo. Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo. Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho. Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo. Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!” Awurade Yesu adom mmra mo so. Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen. Krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Mede saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase. Ɔkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ. Sɛdeɛ yɛahunu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yɛnya Kristo awerɛkyekyerɛ a ɛdɔɔso no. Mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ enti yɛhunu amane. Ɛfiri sɛ, sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a, yɛn nso yɛnam so bɛtumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma mo anya ntoboaseɛ ahunu amane sɛ yɛn nso. Enti, gyidie a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yɛnim sɛ, sɛdeɛ mo ne yɛn hunu amane no, saa ara nso na awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, monya bi. Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidasoɔ nyinaa yeraeɛ. Nokorɛm yɛgye too mu sɛ yɛrebɛwu. Saa asɛm yi siiɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufoɔ sɔre no so. Wayi yɛn afiri saa owuo amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpaeɛ ma yɛn a, ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn. Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokorɛdie mu, ne titire ne ɛberɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ ewiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ firi Onyankopɔn adom no mu. Nsɛm a mobɛtumi akenkan, ate aseɛ nko na yɛtwerɛ de brɛ mo. Mewɔ anidasoɔ sɛ, mobɛte biribiara a monnte aseɛ yie no ase daakye sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho. Na menim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno enti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani? Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a. Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so. Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua. Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim mʼakoma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya kwan agye mo ahome enti na mankɔ Korinto no. Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn. Enti, meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhoɔ a, hwan na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhoɔ no anaa? Saa enti na metwerɛɛ saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa korɔ no ara a mobɛgye mʼani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Menim yie sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. Mede amanehunu, awerɛhoɔ ne nisuo na ɛretwerɛ mo saa krataa yi. Mantwerɛ mammɛhyɛ mo awerɛhoɔ na mmom, metwerɛ de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa. Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no. Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so. Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara. Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa. Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ. Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ. Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia. Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santene wɔ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ kɔ baabiara sɛ aduhwam. Yɛte sɛ aduhwam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛ kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu. Na wɔn a wɔreyera no deɛ, ɛyɛ wɔn hwa bɔne a ɛtumi kum. Nanso, wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hwam a ɛma wɔn nkwa. Hwan na ɔbɛtumi agyina adwuma a ɛyɛ den sei anim? Yɛnte sɛ nnipa afoforɔ bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔndeɛ bi, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no enti, yɛka nokorɛ wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfoɔ. Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa? Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan. Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu. Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn. Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa. Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ. Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa? Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so? Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera. Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛre mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya. Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di. Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ. Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ. Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu. Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno enti, ɛmma yɛn akoma ntu. Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yɛntwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma ɔnnye deɛ Atwerɛsɛm no nkaeɛ nni. Yɛgyae saa aniwudeɛ no nyinaa. Yɛgyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokorɛ ma wɔn a wɔnim yɛn no nyinaa gye di. Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera. Wɔnnye nni, ɛfiri sɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn firi hann a ɛto gu wɔn so no ho; hann a ɛfiri Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn animuonyam no ho no. Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu enti, yɛyɛ mo asomfoɔ. Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu. Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn. Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba. Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu. Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di. Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim. Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam. Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da. Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa. Yɛnim sɛ, sɛ yɛwu na yɛgya saa onipadua yi a, yɛbɛnya onipadua foforɔ a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. Seesei, yɛsi apinie pɛ sɛ wɔde ɔsoro animuonyam foforɔ no kata yɛn ho, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde kata yɛn ho a, yɛn ho renna hɔ bio. Na sɛ yɛwɔ saa honam yi mu a, yɛsi apinie na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmmpɛ sɛ yɛgya onipadua no, na mmom, yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenaeɛ foforɔ no kata yɛn ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkwa bɛmene deɛ ɛwu no. Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakraeɛ yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ deɛ ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyina. Yei enti, daa yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnim sɛ mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ saa onipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fie kwan ware. Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so. Yɛwɔ nkuranhyɛ enti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu afiri yɛn fie wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fie. Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara. Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase wɔ onipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn. Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu. Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie. Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛgyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo ɛberɛ bi a atwam no na yɛgyina nnipa adwene so na yɛhunu Kristo a, afei deɛ, yɛrenyɛ saa bio. Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba. Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforɔ ntam mpata dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoeɛ asɛnka ho dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. Enti yɛyɛ asomafoɔ ma Kristo, na ɛte sɛdeɛ Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn enti, Onyankopɔn maa ɔfaa yɛn bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ teneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim. Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa. Onyankopɔn se, “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo.” Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ sɛ monya Onyankopɔn adom, na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no. Yɛmmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ sɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu. Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano. Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyene kɔm. Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ, yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ. Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara. Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo. Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu. Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu! Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ, “Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.” Ɛno enti, “Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Awurade na ɔseɛ. Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho, na mɛgye mo.” Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.” Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn. Mommue mo akoma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yɛnsisii obiara na yɛmmuu obiara kwasea nso. Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛdeɛ madi ɛkan aka no, yɛdɔ mo enti, daa sɛ yɛwu o, yɛte ase o, mowɔ yɛn akoma mu. Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no. Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu. Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa aba den no nam Tito ba a ɔbaeɛ no so hyɛɛ yɛn den. Ɛnyɛ ne ba a ɔbaeɛ no nko, na mmom, ka a ɔbɛkaa sɛ mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛdeɛ mopɛ sɛ mohunu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛdeɛ modii yea ne sɛdeɛ na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti seesei, ama mʼani agye sene kane no. Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, seesei deɛ, mʼani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ hoeɛ no enti, na mmom, sɛ mo awerɛhoɔ no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ hoeɛ enti yɛn deɛ, yɛanha mo. Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba. Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho. Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no. Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ. Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokorɛ kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. Enti, sɛ ɔkae sɛdeɛ mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no na mode obuo ne anidie gyee no fɛ so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛtumi de me ho nyinaa ato mo so. Anuanom, yɛpɛ sɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahodoɔ mu. Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ. Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi. Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase sɛ, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu. Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa. Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ. Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo pɛ mu na momaeɛ. Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ sɛ mobɛyɛ. Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so. Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no. Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.” Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi. Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no. Yɛresoma onua bi a wɔbu no wɔ asɔre ahodoɔ no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho. Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa. Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho. Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim. Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ. Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam. Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokorɛ. Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho. Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no. Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa. Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ. Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma. Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree. Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm. Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia; nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.” Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree. Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho. Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase. Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho. Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ: Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so. Ɛyɛ nokorɛ sɛ, yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu. Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano yɛ den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu. Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo. Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi sane yɛ asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso. Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka sɛ, ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri sɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso yɛ ne dea no. Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho. Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo. Obi bɛka sɛ, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ ya nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu. Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn. Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no. Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne sɛ mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no. Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ adeɛ a Awurade ayɛ mu.” Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo. Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no. Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di. Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa. Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase. Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa? Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka. Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo. Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ. Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ. Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ. Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa. Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ. Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so. Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi. Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso. Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum. Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn. Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ. Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho. Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu. Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me. Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam. Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka. Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho. Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi enti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam ɔbɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma ɛmfiri me so nkɔ. Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. Esiane Kristo enti, mepene mmerɛyɛ, ɔyea, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri sɛ, me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den. Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no. Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ. Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me. Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo. Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yie no enti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa? Mobɛte aseɛ sɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo. Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa? Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ? Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo. Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no. Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no. Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu. Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ enti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu. Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo. Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim. Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no. Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ. Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so. Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena. Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho. Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa. Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no. Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho. Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no. Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ. Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ. Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko. Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum. Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo. Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho. Mekɔeɛ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kɔkoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dada ne deɛ megu so reyɛ no yɛ ɔkwa. Ɛwom sɛ me ɔboafoɔ Tito yɛ Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia. Asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. Yɛamma wɔn mu kwan koraa, sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu. Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka sɛ, menhunu wɔn ntam nsonsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. Na mmom, wɔhunuu sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara pɛ. Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro yɛ Yudafoɔ mu adwuma no pɛ. Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔbisaa sɛ yɛnkae ahiafoɔ wɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ sɛ meyɛ no. Ɛberɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu wɔ badwa mu, ɛfiri sɛ, na ɔreyɛ mfomsoɔ. Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri sɛ, na ɔsuro wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ twetia no. Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ sɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho. Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ sɛ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so? “Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no. Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so. “Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ. “Ɛfiri sɛ, mpɛn dodoɔ a mepɛɛ sɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu, enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu. Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no yɛ ɔkwa.” Mo Galatifoɔ adwenemherɛfoɔ! Hwan na ɔdanee mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛnnua mu. Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no gye diiɛ ansa? Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no a ɛbaa akyire no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirinhyia ahanan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no maaeɛ, no mu. Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham. Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɔsi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfoɔ no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafoɔ. Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no. Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim. Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no. Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi. Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem. Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso. Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam. Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no. Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so. Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma. Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi. Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho. Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ. Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu. Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me. Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi? Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no. Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo. Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho. Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no, monnim deɛ Mmara no ka no anaa? Wɔatwerɛ sɛ, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako. Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, Onyankopɔn bɔhyɛ enti na ɔwoo ne ba no. Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Apam baako firi bepɔ Sinai so, na ɛgyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da, ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu.” Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa. Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.” Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma. Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio. Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa. Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so. Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio. Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no. Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi. Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie? Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” Mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka. Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni hɔ bio. Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho. Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho. Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ. Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase. Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu. Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho. Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so. Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho; ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. Wone deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn Asɛm no nkyɛ adepa biara a wowɔ. Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa. Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa. Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no. Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua. Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Deɛ enti a wɔyɛ yei ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asɛnnua no enti wɔtaa wɔn. Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifoɔ. Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no enti, deɛ mede hoahoa me ho wɔ ewiase no awu, na saa ara na deɛ ewiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne abɔdeɛ foforɔ. Onyankopɔn adɔeɛ ne nʼasomdwoeɛ nka wɔn a wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔn ne Onyankopɔn mu nnipa foforɔ. Deɛ ɛtwa toɔ, obiara nha mʼadwene bio, ɛfiri sɛ, mewɔ ɔhonam ani etwã a ɛkyerɛ sɛ, meyɛ Yesu dea. Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen. Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo. Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn. Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no. Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ. Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ, ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase. Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam. Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu. Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam. Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no, mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaeɛbɔ mu, na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no. Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no, ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu. Mo deɛ, na moawuwu wɔ mo amumuyɛ ne mo bɔne a na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so. Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa. Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛboro so no adi; nʼadɔeɛ a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. Ɛyɛ adom no enti na wɔnam gyidie so agye mo nkwa. Ɛmfiri mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. Ɛmfiri nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho. Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no. Afei, monkae sɛ mo a na anka kane no wɔwoo mo amanamanmufoɔ, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, (deɛ wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofoɔ, monkae sɛ saa ɛberɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho, na wɔnnkane mo mfra Israelfoɔ, na moyɛ ahɔhoɔ a monka bɔhyɛ apam no ho, na monni anidasoɔ ɛna monni Onyankopɔn nso wɔ ewiase. Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no. Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba. Ɔnam asɛnnua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abom ayɛ onipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn. Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu, na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so. Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu. Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani. Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no. Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no. Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu. Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ. Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ, na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu. Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ, sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ hɔ daa no. Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim. Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ. Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim, ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase, na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma. Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so. Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen. Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu. Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso. Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.” Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu. Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn. Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu. Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi, na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene. Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho. Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho. Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu. Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu. Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. Mma ɔbonsam kwan. Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ. Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ. Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no. Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron. Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase. Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi. Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no. Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara. Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma. Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma. Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so. Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ. Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ, “Nyane, wo a woada, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne. Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu. Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua. Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom. Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no, na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. “Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.” Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu. Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ. “Di wʼagya ne wo maame ni,” yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho, “na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.” Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu. Nkoa, momfa obuo ne ɔsuro mfiri akoma pa mu nyɛ ɔsetie mma mo honam fam wuranom, sɛdeɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Kristo no ara. Monyɛ ɔsetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ ɛberɛ a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom, monyɛ sɛ Kristo nkoa a mofiri mo akoma mu reyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Momfa mo akoma nyinaa nsom sɛdeɛ moresom Awurade a ɛnnyɛ nnipa, ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka. Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfoɔ. Monnyae wɔn ahunahuna ɛfiri sɛ, mo ne mo asomfoɔ nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno deɛ ɔnhwɛ animu. Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu. Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn. Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan. Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no. Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no. Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ. Mommɔ mpaeɛ mma me nso na sɛ mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no. Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie. Yei enti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ na wahyɛ mo nkuran nso. Asomdwoeɛ nka anuanom nyinaa, na Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokorɛ dɔ. Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no. Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no. Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu. Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no. Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ. Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase. Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee. Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase. Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu. Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ. Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban. Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho. Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho. Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso. Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no. Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa? Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ. Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho. Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi. Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa. Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ ɔsetie, de kɔduruu owuo mu, asɛnnua ho owuo mu mpo. Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so. Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam. Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na ɛberɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnyeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte ewiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Ɛda no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa. Ebia na ɛsɛ sɛ wɔhwie me mogya gu sɛ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm, na me ne mo nyinaa anya saa ahosɛpɛ no. Aane, momma mo ani nnye, sɛdeɛ me nso mʼani agye no. Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho. Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma. Sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛre biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn. Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ enti, menim sɛ ɛrenkyɛre biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn. Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo ɔsomafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn. Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso, Onyankopɔn hunuu no ne me nso mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wamma manni awerɛhoɔ. Me ho peree me yie sɛ mɛsoma no mo nkyɛn, na mohunu no a, mo ani asane agye bio na me nso mʼawerɛhoɔ to atwa. Momfa ahosɛpɛ nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obuo ne anidie mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no. Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ. Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie. Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so. Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me. Ɛberɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko tumi ma obi yɛ ɔteneneeni a, anka me deɛ, me ho nni mfomsoɔ biara. Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ. Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo, na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie. Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu, na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu. Mennka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa bɛka deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka me no. Anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho. Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ. Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho. Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no. Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asane me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu. Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho. Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo. Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛre, Awurade bɛba. Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim. Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene. Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho. Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho ɛkwan nkyerɛ saa. Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me. Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara. Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano. Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ. Mewɔ Tesalonika no, ɛberɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me. Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu. Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ. Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa. Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen. Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo. Ahotefoɔ no nyinaa kyea mo; ne titire no, Ɔhempɔn Kaesare fiefoɔ. Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo. Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no. Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no. Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei. Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn. Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no. Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano. Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo. Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ. Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase. Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso. Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no. Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka, a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi. Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden. Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu aperepereɛ denden a meredi wɔ wɔn ho. Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn. Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena. Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase. Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase. Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyanee mo baa nkwa mu, ɛfiri sɛ na mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn tumi mu a ɛnyanee Kristo firii awufoɔ mu no. Esiane mo bɔne enti, ɛberɛ bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufoɔ ne amanamanmufoɔ a monni Mmara. Nanso, afei Onyankopɔn anyane yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛhɔ na Kristo dii mpaninnie ne tumidie nyinaa so. Ɔmaa ewiase nyinaa hunuu sɛdeɛ ɔfaa wɔn sɛ nneduafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ ne nkonimdie ho fa no. Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa home nna ho mmma mo. Saa nneɛma no nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛbɛba no. Kristo ne nokorɛ no. Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifire su. Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ onipadua no nyinaa Ti no dea bio. Kristo na ɔma onipadua no ahoɔden na ɔka onipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no. Mo ne Kristo awu enti, moate mo ho afiri ahonhom a wɔdi ewiase so no ho. Adɛn enti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa ewiase no ase? Adɛn enti na modi saa mmara no a ɛkyerɛ sɛ, “Monnsɔ yei mu, monnni yei, mommfa mo nsa nka!” no so? Saa mmara ahodoɔ yi nyinaa yɛ nnipa ahyɛdeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa nneɛma a yɛyɛ wɔ asase yi so a daakye ɛbɛtwam. Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so. Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nneɛma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa so di ɔhene no. Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnnyɛ asase yi so nneɛma. Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu. Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanimuonyam mu. Ewiase akɔnnɔdeɛ te sɛ adwamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom no, monyi mfiri mo abrabɔ mu. Wɔn a wɔbɛyɛ asoɔden wɔ saa nneɛma no ho no, Onyankopɔn abufuo bɛba wɔn so. Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na akɔnnɔsɛm di mo abrabɔ so enti, na mo ankasa modi mo akɔnnɔ akyi. Afei, monnyae saa nneɛma yi nyinaa: abufuo, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeya obi anaa mommma kasa a ɛho nte mfiri mo anom. Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ, moato onipadua dada ne ne su no atwene de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma. Esiane saa enti, amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu. Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ. Mommoaboa mo ho mo ho, na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho. Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho. Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie. Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu. Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ. Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu. Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ. Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no. Na obiara a ɔyɛ deɛ ɛntene no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na ɔbɛnya a animhwɛ biara nni mu. Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro. Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase. Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no. Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa. Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa. Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no. Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfoɔ nokwafoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo. Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so. Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie. Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ. Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no. Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo. Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no. Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no. Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.” Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo. Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoeɛ nka mo. Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaeɛbɔ mu nso. Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim. Anuanom, yɛnim sɛ Onyankopɔn dɔ mo enti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne deɛ no. Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom, yɛgyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokorɛ mu gyidie so. Monim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛdeɛ yɛboaa mo. Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. Ɛnam so maa mobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa. Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidie a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm aduru baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. Obiara kamfo sɛdeɛ mogyee yɛn ne sɛdeɛ motwee mo ho firii abosom ho kɔsom nokorɛ Onyankopɔn a ɔte ase daa no, na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no. Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no. Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo. Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. Monim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ. Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma. Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. Anuanom, menim sɛ mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no yɛ kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho. Mo ara monim sɛ yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena. Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so. Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no. Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔ wɔn so. Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛhyia mo ankasa. Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan. Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so. Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so. Akyire no a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene. Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. Ɛberɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi. Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa. Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ. Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu. Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim. Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu. Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no. Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Onyankopɔn anim. Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mosuaa kwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti, yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro deɛ moreyɛ seesei no so. Monim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi enti, yɛtumi kyerɛkyerɛɛ mo. Yei yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te sɛ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn. Onyankopɔn akyiwadeɛ no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko na ɔgye ne yere, ɛfiri sɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso dendeenden sɛdeɛ yɛadi ɛkan abɔ mo kɔkɔ no. Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ adwaman, na mmom, ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahoteɛ mu. Ɛno enti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa, na mmom, ɔtia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no. Ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafoɔ no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso, anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. Momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafoɔ no afɛre mo na moremmisa deɛ ɛhia mo nso mfiri obiara nkyɛn. Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te sɛ wɔn a wɔnni anidasoɔ no. Yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba. Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufoɔ no anim ɛkan. Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kane, na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. Enti, momfa saa asɛm yi nkyekyere obiara werɛ. Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi. Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo. Ɛberɛ a nnipa bɛka sɛ, “biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no. Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ. Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã. Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ. Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu. Kristo wu maa yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛanyane anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi. Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne anidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. Esiane adwuma a wɔyɛ no enti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu. Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa. Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara. Momma mo ani nnye da biara na ɛberɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ; biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu. Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; monnsi adiyisɛm atwetwe. Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ. Na monkyiri bɔne biara. Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa. Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, ɛfiri sɛ, mo gyidie ne ɔdɔ a modɔ afoforɔ no mu den ara na ɛreyɛ. Saa enti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho. Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn bu atɛntenenee ɛno enti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼAhennie a morehunu ho amane no mu. Onyankopɔn bɛyɛ deɛ ɛtene. Wɔn a wɔbɛma mo ahunu amane no, ɔno nso bɛma wɔahunu amane, na mo a mo ne yɛn rehunu amane no nso, wama moahome. Saa asɛm yi bɛsi wɔ ɛberɛ a Awurade Yesu nam ogyaframa mu firi ɔsoro reba a nʼabɔfoɔ atumfoɔ ka ne ho no, abɛtwe wɔn a wɔnnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. Wɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu na wɔayi wɔn afiri Awurade anim ne nʼanimuonyam mu da a ɔbɛma nʼakyidifoɔ ne nʼasuafoɔ ahyɛ no animuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi. Yei enti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. Yɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ monam yɛn Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo animuonyam wɔ ne mu. Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom, mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ. Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi. Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn. Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo. Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba. Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ. Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no. Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no anto mu, annɔ nokorɛ no amma wɔannya nkwa. Yei enti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi. Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn. Anuanom, ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi ɛkan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu. Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu. Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no. Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no, nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu. Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ mo mu no. Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di. Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam. Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ sɛ Kristo. Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha. Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene. Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho ɛkwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo. Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.” Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase. Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma. Anuanom monnnyae papayɛ da. Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase. Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua. Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena. Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me. Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo. Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae. Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no. Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu. Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu. Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ, afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn. Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ. Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no. Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa. Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ, na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie. Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio. Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani. Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no. Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa ɛberɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa. Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ! Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa de akoma a emu teɛ bɛma wɔn nsa so, na wɔabɔ mpaeɛ. Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi sɛ mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ. Ɛsɛ sɛ mmaa de kommyɛ ne ahobrɛaseɛ sua adeɛ. Memma mmaa ho ɛkwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔnnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. Ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbaa no na wɔdaadaa no ma ɛnam so maa ɔbuu Onyankopɔn mmara so. Na sɛ ɔbaa tena ase gyidie, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛaseɛ mu a ɔbɛwo asomdwoeɛ mu. Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa. Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne anidie ma no. Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no. Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no. Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom. Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ. Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie. Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam. Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn. Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn: Ɔbaeɛ onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfoɔ hunuu no, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, na ewiase gyee no diiɛ, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu. Honhom no si no pi sɛ, akyire yi, nnipa bi bɛgyae gyidie no mu sɔ. Wɔbɛdi atorɔ ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. Saa nkyerɛkyerɛ yi firi nyaatwomfoɔ nnaadaa a wɔyɛ adwenewuiɛfoɔ sɛ dadeɛ a wɔato wɔ ogya mu no. Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di. Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho. Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo. Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no. Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wonnyiniiɛ enti ɔbɛbu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidie mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba. Honhom mu akyɛdeɛ a mpanimfoɔ nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wonyaeɛ no, nnyaa mu. Sɔ saa nneɛma no mu yie. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo nkɔsoɔ. Hwɛ wo ho so yie na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa. Nka akɔkoraa anim, na mmom, hyɛ no nkuran, sɛdeɛ wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛdeɛ wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabunu, yɛ mmaa mpanimfoɔ sɛ wo maamenom, na mmabaawa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammaa wɔ kronnyɛ mu. Ma wʼani nku mmaa akunafoɔ a wɔnni ahwɛfoɔ ho. Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa. Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma ewiase a, na ɔyɛ teaseawuo. Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ. Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no. Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokorɛ, na afei wagye din wɔ nneyɛeɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a watete ne mma yie na ɔgyee ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔhohoroo Awurade nkurɔfoɔ nan ase na ɔboaa ahokyerefoɔ na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahodoɔ nyinaa. Mfa akunafoɔ nkumaa no din nka wɔn ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsane ware a, wɔte wɔn ho firi Kristo ho na ɛma wɔdi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a ɛdi ɛkan so. Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn berɛ kɔ afieafie mu na deɛ ɛnyɛ koraa ne sɛ, wɔdi nsekuro yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn. Akunafoɔ bi de wɔn ho ama ɔbonsam dada. Sɛ ɔbaa ogyidini bi wɔ akunafoɔ wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yie na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafoɔ a aka wɔn nko no. Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho na wɔde anidie mmɔho ma wɔn; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!” Bio, “Odwumayɛfoɔ akatua fata no!” Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanin bi so no, gye sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim badwam na abɔ afoforɔ hu. Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ kronkron anim ka sɛ, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanimu biara nni mu. Sɛ ɛhia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadie no mu a, mpepere ho. Twe wo ho firi bɔne a ɔfoforɔ yɛ ho na ma wo ho nte. Nnom nsuo nko ara, na mmom, wo yafunu ne wo yadeɛ a wotaa yare enti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi. Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmuo mu, nanso afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyire yi. Saa ara nso na nneyɛeɛ payɛ no da adi pefee. Na deɛ ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhinta. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de anidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ. Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree. Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika. Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ. Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu. Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma. Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi. Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ, tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba. Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu. Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen. Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa. Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho. Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no. Onyankopɔn adom nka mo. Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, sɛ menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro. Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaeɛbɔ mu. Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye. Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu. Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi. Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso. Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no. Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban. Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho. Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ɔhunuu me. Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso. Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den. Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa. Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani. Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so. Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no. Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase. Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no. Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase. Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.” Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho. Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.” Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma. Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi. Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba. Ɛnsɛ sɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no. Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu. Kae saa asɛm yi. Nna a ɛdi akyire no mu mmerɛ no mu bɛyɛ den. Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, aniberefoɔ, ahohiahiafoɔ ne ahantanfoɔ; wɔbɛyɛ abususɛnkafoɔ, asoɔdenfoɔ wɔ wɔn awofoɔ so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso, wɔbɛyɛ atirimuɔdenfoɔ, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa edinsɛefoɔ basabasa ne abufupɛfoɔ, wɔbɛtane wɔn mfɛfoɔ a wɔyɛ nnipa pa no, wɔbɛyɛ afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikadeɛ sene sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Wɔbɛyɛ aniani asomfoɔ a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho firi saa nnipa no ho. Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so; saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nneɛma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyiri kwan. Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnnka hwee wɔ gyidie mu. Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ. Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ, taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho. Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa. Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa. Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ, ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu. Ɛberɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm. Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ. Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so. Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora. Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa. Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ. Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɛeɛ no. Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɛeɛ no, Awurade bɛtua ne so ka. Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu dendeenden. Ɛberɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn. Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom. Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen. Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me. Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare. Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ aduru. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo. Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa. Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba, a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi. Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo! Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu. Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika. Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kretafoɔ no yɛ atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ.” Na asɛm a ɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya gyidie pa, na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no. Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri sɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi. Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔntumi nyɛ ade pa biara. Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa a wagye ato mu. Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu. Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuro na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho. Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ. Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho. Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho. Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ ewiase ha. Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no. Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ. Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa. Kae wo nkurɔfoɔ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpaninnie ne tumi ase na wɔntie wɔn na wɔnsiesie wɔn ho mma nnwuma pa biara. Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa. Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn. Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no, ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa. Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara. Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho. Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho. Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔberɛ no. Bɔ mmɔden gya mmaranimfoɔ Sena ne Apolo ɛkwan yie na anhia wɔn hwee. Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa. Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa. Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase. Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ, nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei, meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no. Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo. Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so. Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu. Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara. Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka. Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa. Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so. Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio. Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo. Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo. Awurade Kristo adom nka mo nyinaa. Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ. Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ, “Woyɛ me Ba; na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ, “Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.” Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.” Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.” Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee. Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne, ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.” Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete sɛ atadeɛ. Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma; na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.” Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Montena me nifa so kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ mo nan ntiasoɔ.” Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no. Yei enti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso. Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ. Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no. Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no; na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire, sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so. Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no. Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. Ɔka sɛ, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” Ɔsane ka bio sɛ, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka sɛ, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.” Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden. Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.” Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane. Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho. Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no. Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa. Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ. Enti Honhom Kronkron no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no. Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ, nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu. Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’ Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ” Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.” Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no. Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu. Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni. Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada. Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.” Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no. Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo akoma.” Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm. Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no. Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no. Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no. Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no. Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu. Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn. Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no. Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso. Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no. Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Woyɛ me Ba: ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ. Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den. Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛre, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne ahyɛaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufosuo na ɛyɛ ma mo. Obiara a nufosuo yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ. Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam. Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie. Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi. Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. Onyankopɔn hyira asase a ɛnonom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn enti wɔduaeɛ no. Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no. Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba. Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no. Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no. Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.” Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ. Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. Saa nneɛma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkura yɛn anidasoɔ no mu den. Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛma yɛhyɛne tra ntwamutam no mu kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ. Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn ɛkan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛnna ɔsane yɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn ɔsɔfoɔ. Ɛberɛ a Abraham firi ɔko a ɔkumm ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. Abraham maa no nʼasadeɛ no mu nkyɛmu edu mu baako. Melkisedek din no nkyerɛaseɛ a ɛdi ɛkan no ne Tenenee Ɔhene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no enti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoeɛhene. Obi nnim Melkisedek agya, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne owuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa. Yei di ho adanseɛ sɛ na ɔyɛ onipa kɛseɛ a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasadeɛ mu nkyɛmu edu mu baako. Nanso, Lewi asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnnye nkyɛmu edu mu baako mfiri wɔn ara wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefoɔ no. Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ɔgyee nkyɛmu edu mu baako firii Abraham nkyɛn hyiraa no maa ɔnyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira. Wɔde nnipa akatua nkyɛmu edu mu baako ma asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase. Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ. Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu. Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa. Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da. Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. Asɛm no da ne ho adi pefee, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieeɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso. Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ. Yesu deɛ, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’ ” Saa ntam yi enti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu. Nsonsonoeɛ foforɔ bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfoɔ no dɔɔso, ɛfiri sɛ, na wɔwuwu a wɔntumi ntoa wɔn adwuma so. Nanso, Yesu deɛ, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. Enti, ɔtumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so. Ɔnte sɛ asɔfoɔ mpanin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kane no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforɔ deɛ no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔeɛ. Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfoɔ mpanin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛtaa Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no. Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa. Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa. Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.” Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ. Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo bɛhyehyɛ apam foforɔ. Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ. Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn akoma mu. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.” Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera. Na apam a ɛdi ɛkan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom. Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ. Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata Adaka no nkatasoɔ no so si. Nanso, yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri seesei. Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ. Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ. Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn. Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba. Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu. Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn. Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibereɛ nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a, mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no? Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no. Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa samanseɛ no awu. Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Ɛberɛ a wawu no na ɛka biribi. Ɛno enti na apam a ɛdi ɛkan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. Deɛ ɛdi ɛkan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.” Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba. Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho. Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim. Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne. Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa. Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da. Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne. Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me. Wʼani nnnye ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho. Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ ” Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho. Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne. Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ. Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa. Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ, “Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu na matwerɛ agu wɔn adwene mu.” Na afei waka sɛ, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumuyɛ bio.” Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio. Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn. Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho. Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba. Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn. Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn. Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ. Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa. Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.” Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu. Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ. Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho. Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua. Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn. Na, “Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.” Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa. Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerɛhyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nnhunu mu. Gyidie a na tetefoɔ no wɔ enti na wɔnyaa adanseɛ pa. Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu. Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa. Gyidie enti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhunu owuo. Obiara anhunu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no kɔeɛ. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no. Gyidie enti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a ebi nsii da no, ɔtiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu ewiase fɔ, na Noa deɛ, ne nsa kaa tenenee a wɔnya firi gyidie mu. Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ. Gyidie enti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu. Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. Gyidie enti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, ɛberɛ a na wanyini na ɔntumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Ɛno enti, ɛwom sɛ na Abraham regye nna awu, nanso nʼasefoɔ adɔɔso sɛ ewiem nsoromma ne mpoano anwea. Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no deɛ, nanso wɔhunuu no akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so. Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn ɔman. Wɔannwene ɔman a wɔgyaa wɔ wɔn akyire no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wɔbɛtumi anya ɛkwan asane wɔn akyi akɔ hɔ. Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro ɔman no na na wɔpere kɔ mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn. Gyidie enti, Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ. Na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane awufoɔ afiri owuo mu, na ɛkwan bi so no, yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn nyanee Isak firii owuo mu. Gyidie enti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena. Gyidie enti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewuo. Ɔkuraa ne poma mu sɔree Onyankopɔn. Gyidie enti na Yosef rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔbɛtu afiri Misraim, na ɔhyɛɛ deɛ sɛ ɔwu a, wɔnyɛ nʼamu no. Gyidie enti na ɛmaa Mose awoɔ akyi no, nʼawofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa no. Wɔhunuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wɔbɛbu ɔhene no mmara so. Gyidie enti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no. Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi. Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Kristo a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye. Gyidie enti na ɛmaa Mose tu firii Misraim a na ɔnsuro ɔhene no abufuo. Ɔmiaa nʼani sɛ ɔrensane nʼakyi ɛfiri sɛ na wahunu Onyankopɔn a obi nhunu no no. Gyidie enti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsɛebɔfoɔ no renkum Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima no. Gyidie enti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so. Gyidie enti na Israelfoɔ de nnanson twaa Yeriko afasuo ho hyiaeɛ no, ɛdwiri guiɛ. Gyidie enti na wɔankum adwaman Rahab amfra wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no, ɛfiri sɛ, ɔgyee akwansrafoɔ no fɛ so. Afei ɛdeɛn na menka? Ɛberɛ bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm. Wɔnam gyidie so koo aman dii nkonim ma wɔn nsa kaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, dumm ogyaframa, tetee wɔn ho firii akofenawuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so. Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so. Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane. Ewiase yi annyɛ amma wɔn. Wɔkyinkyinii sɛ atutenafoɔ wɔ ɛserɛ so ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu. Wɔdii yeinom nyinaa ho adanseɛ pa wɔ wɔn gyidie ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn wɔ tirimupɔ papa bi ma yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbom anya bɔhyɛ no. Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no. Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so. Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba. Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu. Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ, “Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba. Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.” Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu. Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu. Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ. Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade. Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no. Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie. Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no. Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so. Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.” Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu. Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho. Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho? Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.” Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka. Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ. Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim. Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no. Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Merennya wo, na merennya wo da.” Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ, “Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?” Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa. Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan sɛ wɔdidi so. Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi. Yei enti, Yesu nso wuu wɔ kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron. Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi. Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan. Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ. Mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo. Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ. Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara. Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara. Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn. Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo. Adom nka mo nyinaa. Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa. Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ. Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn firi ayamyɛ ne adom mu ma obiara deɛ ɛhia no no kwa. Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ wogye di a wonnye ho akyinnyeɛ. Obiara a ɔgye akyinnyeɛ no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susu sɛ ɔbɛnya biribiara afiri Awurade nkyɛn; nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi. Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi. Owia pue de ne hyeɛ no hye afifideɛ no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefoɔ no ɛberɛ a wɔgu so redi wɔn nnwuma no. Nhyira nka onipa a ɔnya gyidie wɔ amanehunu mu, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛnya akyɛdeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no. Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ, “Saa sɔhwɛ yi firi Onyankopɔn.” Ɛfiri sɛ, bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyini a ɛwo owuo. Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo. Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum. Ɔfiri ne pɛ mu nam nokorɛ a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ɛkan wɔ abɔdeɛ nyinaa mu. Me nuanom adɔfoɔ, monhyɛ yeinom nso: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuo; ɛfiri sɛ, onipa abufuo no mma ɔnnya Onyankopɔn tenenee no. Ɛno enti, montwe mo ho mfiri afideɛ ne atirimuɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na monnye asɛm a ɔdua wɔ mo akoma mu a ɛbɛgye mo nkwa no. Monntie asɛm no sɛ atiefoɔ kwa nsisi mo ho, na mmom, monyɛ asɛm no yɛfoɔ. Obiara a ɔtie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ɔhunu sɛdeɛ ɔteɛ. Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hunu ne ho yie na sɛ ɔfiri ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ firi deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa. Nanso, obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu yie, deɛ ɛma onipa de ne ho, na ɔdi so, na ɔtie, na ne werɛ mfiri, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn bɛhyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu. Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ Onyamesomfoɔ na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfasoɔ na ɔdaadaa ne ho nso. Deɛ Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ nyamesom pa no nie: Ɔhwɛ nwisiaa ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohia mu, na ɔyi ne ho firi ewiase porɔeɛ ho. Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifoɔ wɔ Awurade Kristo animuonyam mu yi, monnyɛ animhwɛ. Sɛ mohyia a, ɔdefoɔ a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadego nso tumi ba bi. Sɛ wode anidie ma deɛ wasiesie ne ho yie no, na woka kyerɛ no sɛ, “Tena saa akonnwa pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso sɛ, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, wodi fɔ sɛ wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho. Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ! Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no. Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ. Obiara a ɔbu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so. Sɛ woyɛ Kristo apɛdeɛ o, sɛ woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie. Ɛfiri sɛ, obi a wanhunu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmuo mu no, wɔrenhunu no mmɔbɔ. Nanso atemmuo mu mpo no, Onyankopɔn hunu mmɔbɔ. Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu. Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.” Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu. Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa? Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no. Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so. Saa ara na ɛte wɔ adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri sɛ, ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so. Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo. Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ. Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so. Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ. Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ. Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram. Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa, nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma. Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba? Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa. Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi. Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ. Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ. Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso. Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no. Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no. Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn. Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ. Nnipa a monni gyidie! Monnim sɛ, sɛ mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ. Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa? Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.” Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! Monni awerɛhoɔ, monsu, na montwa agyaadwoɔ; momma mo sereɛ nnane su, na mo anigyeɛ nnane awerɛhoɔ. Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so. Me nuanom, monnnidi mo ho nsekuro. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu no atɛn no, kasa tia Mmara no. Na sɛ wobu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei deɛ wonni Mmara no so. Onyankopɔn nko na ɔma mmara na ɔbu atɛn. Ɔno nko na ɔgye nkwa na ɔsɛe. Wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn? Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me. Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera. Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.” Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no. Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ wɔ amanehunu a ɛreba mo so ho. Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma. Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire no mu. Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu. Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da. Moabu deɛ ɔnni fɔ kumfɔ akum no; ɔnsi mo ɛkwan. Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ. Ɛsɛ sɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri sɛ, da a Awurade bɛba no abɛn. Anuanom, monnni nsekuro ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono no ano. Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no. Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase. Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom. Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo. Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree. Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa. Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ. Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a, Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no. Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn, Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo. Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso. Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu. Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam. Ɛwom sɛ monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so ɛfiri sɛ, mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no. Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam. Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei yɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi. Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so. Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. Atwerɛsɛm no aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.” Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no. Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den ma monyaa ahofadie. Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi. Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu. Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no, “Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ; na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren. Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po, nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo. Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa nsekuro ho. Monyɛ sɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.” Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a obiara a ɔbɛgye no adi no, wɔrenni no hwammɔ.” Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no: “Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.” Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ. Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no. Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ ewiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho. Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no. Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so. Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn. Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni. Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ. Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi. “Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.” Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu. “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa. Na mote sɛ nnwan a wɔayera,” nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi. Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa. Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan. Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase. Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie na ɔhunu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire. Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.” Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo? Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo. Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ. Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne. Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa. Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so. Esiane sɛ Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri sɛ, deɛ wahunu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ sɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu. Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo. Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena. Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ. Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. Monnye mo ho ahɔhoɔ wɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire. Honhom mu adom a obiara anya no, ɔnnyina so mfa nsom afoforɔ. Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, ɔmfa ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no nsom sɛdeɛ biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen. Anuanom, mommma amanehunu a morehunu no nnyɛ mo nwanwa te sɛ deɛ montee so asɛm da. Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehunu amane sɛdeɛ mo ani bɛgye daa da a ɔbɛda nʼanimuonyam adi no. Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifoɔ enti wɔya mo. Yei kyerɛ sɛ animuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa odwotwafoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ, Na sɛ mohunu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo dea. Ɛberɛ aduru sɛ wɔbu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ na wɔbɛdi kane abu wɔn atɛn. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie Asɛmpa no asoɔdenfoɔ no sɛn? Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa pa nkwa; na wɔn a wɔnnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfoɔ no deɛ, ɛdeɛn na ɛbɛba wɔn so?” Ne saa enti, wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Ɔbɔadeɛ no na wɔkɔ so yɛ papa. Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ enti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo sɛ, monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no. Na sɛ Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da. Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ ɛkwan na ɔdom ahobrɛasefoɔ.” Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri sɛ, ɔdwene mo ho. Mo ani nna hɔ; monwɛn ɛfiri sɛ, mo ɔtamfoɔ bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene. Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi. Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen. Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo. Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa. Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so. Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu. Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho. Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. Na obiara a ɔnni bi no yɛ onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri sɛ wɔahohoro ne bɔne dada. Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho wɔ dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu. Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no. Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho. Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi. Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no. Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ sɛ motie no yie ɛfiri sɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo akoma mu no. Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase. Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn. Atorɔ adiyifoɔ kɔɔ tetefoɔ no mu, na saa ara nso na atorɔ adiyifoɔ bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nokorɛ nni mu na wɔapa Owura a ɔgyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛeɛ aba wɔn so prɛko pɛ. Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na ɛsiane deɛ wɔyɛ no enti, nnipa bɛkasa atia nokorɛ ɛkwan no. Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam wɔn sikanibereɛ so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn ɔtemmufoɔ siesiee ne ho akyɛre, na saa ara nso na wɔn ɔsɛefoɔ no nso asɔre agyina. Onyankopɔn amfa abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛre wɔn. Ɔtoo wɔn guu asaman sum mu baabi guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn Atemmuo da no. Onyankopɔn amma tete ewiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyire baa wɔn a wɔannye asɛm no anni no so. Wɔn a ɔgyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa tenenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no kɔkɔ. Ɔgyee Lot a ɔyɛ ɔteneneeni no firii nnipa nnebɔneyɛfoɔ nsam. Na saa ɔteneneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfoɔ no mu na afideɛ a na saa nnipa no yɛ no adekyeeɛ ne adesaeɛ no ha no yie. Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim ɛkwan a ɔfa so gye nʼakyidifoɔ firi ɔhaw mu, ɛnna ɔnim ɛkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfoɔ, twe wɔn aso de twɛn Atemmuo da no, ne titire no, wɔn a wɔdi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi wɔ akokoɔduru na wɔmmu animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, wɔte wɔn atua. Na abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim. Nanso, saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wonni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkye wɔn nku wɔn. Wɔgu nneɛma biara a wɔnte aseɛ no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa. Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm. Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so. Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan. Saa nnipa yi te sɛ asutire a awe anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi. Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho. Wɔhyɛ wɔn ahofadie ho bɔ wɔ ɛberɛ a wɔn ankasa wɔyɛ bɔne nkoa ɛfiri sɛ, onipa yɛ akoa ma biribiara a ɛdi no so. Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so dwane firi ewiase yi mu akwammɔne so, na akyire no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, ɛnneɛ ɛyɛ hu sene ne kane no. Sɛ wɔnnim Kristo koraa a, anka ɛyɛ ma wɔn sene sɛ wɔbɛsua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. Deɛ ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa ɛbɛ yi yɛ nokorɛ. “Ɔkraman sane kɔtafere ne fe ɛnna ɔprako a wɔadware no no nso kɔyantam wɔ atɛkyɛ mu.” Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene. Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!” Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ. Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ. Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho. Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi. Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no. Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena. Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu. Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so. Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen. Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no. Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ. Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa. Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu. Na sɛ yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho. Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho. Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofoɔ a nʼAsɛm no nni yɛn mu. Me mma, meretwerɛ yei abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔteneneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne. Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no. Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu. Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu. Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi. Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi ahyɛaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada. Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na emu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn. Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwereɛ yi mu. Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne. Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani. Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so. Mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim Agya no. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbonsam so. Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase. Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa. Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn. Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno enti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhunu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho. Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no. Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma. Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso. Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa. Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no. Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu. Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no. Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba. Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn. Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no. Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri sɛ, bɔne yɛ mmara so buo. Monim sɛ Kristo baeɛ sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri sɛ, ɔno deɛ bɔne nni ne mu. Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no. Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo yɛ ɔteneneeni no. Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne. Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba. Nsɛm a motee ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam dea. Enti ɔkumm nʼankasa ne nua. Adɛn enti na Kain kumm no? Ɛfiri sɛ, nneɛma a ɔyɛeɛ no yɛ bɔne, nanso ne nua no deɛ, ɔyɛɛ papa. Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa. Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri sɛ, yɛdɔ yɛn nuanom. Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu. Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu? Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi. Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ mpo a, yɛnim sɛ Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara. Enti, anuanom adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoɔduru wɔ Onyankopɔn anim. Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri sɛ, yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso. Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no. Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti. Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase. Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada. Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ. Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu. Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri sɛ, ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso. Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa. Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu. Yei na ɛma yɛhunu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ sɛ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa. Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri sɛ, yɛn abrabɔ wɔ ewiase ha no te sɛ Kristo deɛ pɛ. Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu. Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane. Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no. Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso. Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso. Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so. Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim. Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara. Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri sɛ, Honhom no ne nokorɛ no. Adansefoɔ baasa na wɔwɔ hɔ. Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia. Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni. Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no. Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn. Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara. Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn. Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu. Yɛnim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. Yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no. Me mma, montwe mo ho mfiri abosom ho. Me, Asɔre Panin, Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo, ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu. Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no. Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ. Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu. Adaadaafoɔ a wɔnnnye nntom sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete ewiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ. Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no. Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no. Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso. Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa onipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho. Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye. Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo. Me, Asɔre panin, Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio. Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie. Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu. Mʼadamfo pa, wodi nokorɛ yie wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ mpo. Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantuo no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn. Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma. Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no. Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu. Mʼadamfo pa, monnsua ade bɔne, na mmom, monsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn dea. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn. Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokorɛ no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ pa na monim sɛ deɛ yɛka no yɛ nokorɛ. Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛdua so nka. Ɛrenkyɛre biara mɛhunu mo na me ne mo akasa. Asomdwoeɛ nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyeakyea mo. Kyeakyea yɛn nnamfonom nyinaa. Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu: Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo. Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da. Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada. Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho. Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn. Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu. Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho. Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.” Nanso, saa nnipa yi te nneɛma a wɔnte aseɛ ho atua. Sɛdeɛ mmoa a wɔnni nyansa di wɔn atenka akyi no, saa ara na wɔn nso wɔdi wɔn atenka akyi wɔ nneɛma a wɔnte aseɛ ho, na yei de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so. Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn. Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa. Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ. Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba, na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi. Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ. Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.” Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu. Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no. Monhunu wɔn a wɔn gyidie sua mmɔbɔ. Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu. Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moanhwinti, na ɔde mo asi nʼanimuonyam anim sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosane mu no, Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen. Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn. Yohane, Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim, ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen. Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.” Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.” Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia. Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa. “Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ. Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.” “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no. Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba. Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no. Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ. Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɛ no, na saa ara na me nso mekyiri. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ. “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ: Saa asɛm yi firi Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no nkyɛn. Deɛ ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no. Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ ɔsoro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ. Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu. “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi deɛ ɔwɔ akofena anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn. Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me. Nanso, nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi. Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no. “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn. Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no. Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane. Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu. Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie. Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ. Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so. Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba. Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɛ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo. Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba. Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim sɛ ɔyɛ me dea. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokorɛ na ɔkura Dawid safoa no nkyɛn. Deɛ ɔbue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no. Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo. Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu. Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no sodifoɔ nkyɛn. Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu enti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom. Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira. Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguaseɛ adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so, sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ. Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho. Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho, sɛdeɛ madi nkonim enti, mete mʼAgya ahennwa ho seesei no. Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.” Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ, “Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.” Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so. Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia. Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ. Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson. Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia. Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu. Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ, “Kronkron, Kronkron ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.” Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano. Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?” Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu. Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu. Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.” Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no. Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu. Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ. Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wote ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔkumm wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn. Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔn na wɔbɛdi asase so ɔhene.” Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia reto dwom denden sɛ, “Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!” Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, daa daa!” Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ. Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim. Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!” Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi. Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu. Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!” Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din “Owuo”, na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. Afei Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so enum no ano. Mehunuu afɔrebukyia bi, na aseɛ na wɔn a wɔkumm wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra wɔ. Wɔde nne a ano yɛ den kaa sɛ, “Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wɔkunkum yɛn?” Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho. Na mehunuu sɛ Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ. Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ. Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano. Wɔn abufuo no ɛda kɛseɛ aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?” Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara. Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.” Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu. Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ. Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.” Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!” Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?” Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa. Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban. Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio. Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ de wɔn akɔ nkwa asutire ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.” Ɛberɛ a Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwereɛ fa. Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson. Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ. Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro. Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de ogya a ɛfiri afɔrebukyia no so hyɛɛ no ma, to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ. Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne. Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna wira mono nyinaa nso hyeeɛ. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrederɛ twenee ɛpo mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya. Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne totorobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛrederɛ sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu. Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako seneeɛ maa no duduruu sum, enti adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara. Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no enti.” Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ. Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso. Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ. Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn. Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no. Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.” Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba. Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa. Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn, Asubɔnten Eufrate ho no.” Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwereɛ yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ. Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom. Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa. Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som. Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho. Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so. Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ. Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!” Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ. Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.” Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.” Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.” Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me. Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.” Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu. Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.” Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no. Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ. Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no. Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn. Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so. Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu. Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ. Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di ewiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, kaa sɛ, “Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na wahyɛ aseɛ redi ɔhene. Amanaman no bo fuiɛ, ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no, akɛseɛ ne nketewa. Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!” Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ. Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no. Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu. Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so. Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe. Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho. Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu. Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so. Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ, “Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba! Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, wɔapam no afiri soro no. Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so ne nokorɛ a ɔdaa no adi so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu. Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei, asase ne ɛpo nnue! Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo! Na ne bo afu, ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ ne ɛberɛ a aka sua.” Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no. Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio. Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa. Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di. Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano hɔ. Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho. Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no. Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi. Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa sɛ, “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?” Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu. Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi. Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase. “Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie. “Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkum no akofena ano no, wɔbɛkum no.” Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ nnwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ no. Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no. Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam. Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ. Obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ. Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma aboa no ase, ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnneɛ no gyina hɔ ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ahansia aduosia nsia. Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so. Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ. Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no. Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho. Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho. Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!” Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.” Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim. Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no. Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.” Honhom no se, “Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam. Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!” Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ. Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi. Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.” Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu. Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum. Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ. Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no. Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa Amansanhene Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ. Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.” Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu. Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so. Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma. Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ. Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Mo nkɔ nkɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no ngu asase so.” Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyiraeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso. Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ. Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya. Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no reka sɛ, “wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee. Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada, ɛfiri sɛ wahwie mo ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛdeɛ ɛfata wɔn.” Afei, metee nne bi wɔ afɔrebukyia no so sɛ, “Aane, Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, atɛn a wobu nyinaa yɛ atɛntenenee!” Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so ɛnan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa. Owia hyeɛ no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso, wɔannu wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu aboa no ahennwa no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na ɛsiane yea enti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no enti, wɔdomee ɔsoro Onyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho. Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu Asubɔnten Eufrate mu. Asuo no weweeɛ, danee ɛkwan maa ahene a wɔfiri apueeɛ. Afei, mehunuu ahonhommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔtweaseɛ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom. Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwanwadeɛ. Saa ahonhom mmiɛnsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Onyankopɔn ɔko da kɛseɛ no. “Montie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ so, sɛdeɛ ɔrennante adagya ngu ne ho anim ase wɔ badwam!” Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Armagedon. Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu mframa mu. Nne denden bi firi ahennwa a ɛwɔ asɔredan no mu no kaa sɛ, “Wɔawie.” Na anyinam tete maa aprannaa paapaeɛ, ɛnna asasewosoɔ denden bi baeɛ. Ɛfirii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosoɔ biara mmaa saa da. Yei ne asasewosoɔ nyinaa mu deɛ ano yɛ den pa ara. Kuro kɛseɛ no mu paee mmiɛnsa, na aman nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛeɛ. Onyankopɔn kaee Babilonia kɛseɛ no, na ɔmaa no nsã a ano yɛ den a ɛyɛ nʼabufuo firi ne kuruwa ano nomeɛ. Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ. Asukɔtweaa kɛseɛ a ebiara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ firii soro guu nnipa so. Na ɛsiane asukɔtweaa no haw a na ɛyɛ hu no enti, nnipa domee Onyankopɔn. Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso. Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.” Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ ɛserɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ edin a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn edu. Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkura sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ, “Babilonia kɛseɛ asase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ maame.” Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkumm wɔn no mogya aboro no. Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa. Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn edu a ɔte ne so no ho. Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ ewiase no, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛberɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba. “Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso a wɔn mu baanum awuwu, na wɔn mu baako da so di ɔhene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɔbɛdi ɔhene kakra. Aboa no a anka na ɔte ase na afei deɛ, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi ɛkan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu. “Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no. Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.” Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ. Mmɛn edu ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahye no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma. Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene so.” Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa. Ɔteaam dendeenden sɛ, “ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’ Adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ. Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu. Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ. Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.” Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ! Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro, na Onyankopɔn akae nʼawudie no. Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu. Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’ Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ. “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’ “Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa, ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. “Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, na wɔaka sɛ: “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ, na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu. Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’ “Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.” Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio. Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio. Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne wɔ wo mu bio. Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa. Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.” Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!” Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!” Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene. Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho. Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.) Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.” Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.” Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo. Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ: ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade. Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase. Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.” Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu. Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi. Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. Ɔkyeree ɔtweaseɛ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem. Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu, too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra. Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi. Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan. Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem. Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ; na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko. Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn. Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio. Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no. Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu. Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio. Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.” Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.” Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.” Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam. Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ. Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so. Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ. Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ. Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ. Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ. Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ. Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ. Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ. Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu. Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si hɔ a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so. Adeɛ rensa wɔ hɔ bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa. Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.” Yesu kaa sɛ, “Montie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wɔtie adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no!” Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no so, ɛfiri sɛ, ɛberɛ no abɛn. Obiara a ɔyɛ bɔne nkɔ so nyɛ bɔne, na deɛ ɔyɛ efi no nkɔ so nyɛ efi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.” Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ sɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ. Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ. “Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, na wɔn na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔdi nkwa dua no aba na wɔfa kuro no ɛpono no mu. Na Kuro no akyi na nkraman ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ no nyinaa wɔ. “Me, Yesu, na masoma me ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amaneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.” Honhom no ne ayeforɔ no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, ‘Bra!’ Na deɛ osukɔm de no no mmra, na deɛ ɔpɛ no nso, ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa.” Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nwoma yi mu no ho. Na sɛ obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya wɔ nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nwoma yi mu no. Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka sɛ, “Aane! Mereba ntɛm!” Amen. Bra, Awurade Yesu! Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.