Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani. Na Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Na Onyankopɔn huu hann no sɛ eye. Na Onyankopɔn paee hann ne sum no mu. Na ɔfrɛɛ hann no sɛ: Adekyee, na esum no de, ɔfrɛɛ no adesae. Na ade sae, na ade kyee, da a edi kan nen. Na Onyankopɔn kae sɛ: Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu no mu. Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn frɛɛ ntrɛw mu no ɔsoro. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abien nen. Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na wonhu asase kesee. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn frɛɛ kesee no asase, na nsu mmoaano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Na Onyankopɔn kae sɛ asase mfifi nwura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow nnuaba sɛnea ne su te a n'aba wɔ mu, wɔ asase so. Na ɛyɛɛ sa. Na asase fifii wura, nhaban a ɛsow aba sɛnea ne su te, ne nnua a ɛsow nnuaba a n'aba wɔ mu sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abiɛsa nen. Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe; na ɛnyɛ akanea wɔ ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛnharan asase so. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien no, ɔkanea kɛse no, sɛ enni awia so, ne ɔkanea ketewa no, sɛ enni anadwo so, ne nsoromma nso. Na Onyankopɔn de sisii ɔsoro ntrɛwmu no mu sɛ ɛnharan asase so, na enni awia ne anadwo so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anan nen. Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani. Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu nsu mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anum nen. Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so. Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Yiw Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so. Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n'aba wɔ mu wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan. Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen. Na wowiee ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n'adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n'adwuma a ɔyɛe nyinaa ho. Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho. Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na afuw mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuw mu nhaban nyinaa nnya mfifii, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ osu nguu asase so ɛ, na onipa a ɔbɛdɔw asase nni hɔ. Na nsu fi asase so foroe, na ɛfɔw asase ani nyinaa. Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo. Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no, tenaa hɔ. Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua fifii asase so. Na asu bi fi Eden bɛfɔw turo no, na efi hɔ ara na emu paepae yɛɛ nsuti anan. Nea edi kan no din de Pison, ɛno na ɛkɔntɔn twa Hawila asase a sika wɔ so no nyinaa ho hyia; na asase no so sika ye; ɛhɔ na bedola ne apopobibiribo wɔ. Na asu a ɛto so abien no din de Gihon, ɛno na ɛkɔntɔn twa Kus asase nyinaa ho hyia. Na asu a ɛto so abiɛsa ne Tigri, ɛno na ɛsen wɔ Asaria apuei. Na asu a ɛto so anan ne Eufrate. Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ. Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu. Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tena, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no. Na AWURADE Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ obehu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn. Na nea onipa de frɛɛ abɔde a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din. Na onipa totoo afieboa nyinaa ne wim nnomaa ne wuram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa de, wɔannya ne sɛso boafo amma no. Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae, na oyii ne mfe pare mu biako, na ɔde nam tuaa anan mu. Na AWURADE Nyankopɔn de mfe pare a oyi fii onipa no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no. Na onipa no kae sɛ: Ampa ara me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ankasa ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii. Ne saa nti na ɔbarima begyaw ne na ne n'agya, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro. Na wɔn baanu no deda adagyaw, ɔbarima no ne ne yere, na wɔn ani nwu. Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi? Na ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yedi bi, nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu. Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne. Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n'aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii. Na wɔn baanu ani buebuei, na wohui sɛ wɔdeda adagyaw, na wɔpompam borɔdɔma ahaban yɛɛ nkataanim fae. Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu. Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ he? Na ose: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee. Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi? Na Adam se: Ɔbea no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii. Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii. Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa. Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin. Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so. Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa, na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban. W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ. Na Adam too ne yere din Hawa, efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa na. Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nhoma ntade maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn. Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako ahu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti, AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no. Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no. Na Adam ne ne yere Hawa hyiae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Kain, na ɔkae se: AWURADE adaworoma, manya ɔbarima. Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo. Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ. Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no, nanso Kain ne n'ayɛyɛde de, n'ani ansɔ. Na Kain bo fuwii pii, na omunae. Na AWURADE bisaa Kain sɛ ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so. Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no. Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na Kain buae sɛ: Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa? Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so. Na afei wɔadome wo afi asase a abue n'ano agye wo nua mogya afi wo nsam no so. Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so. Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so ade so kyɛn sɛ metumi masoa. Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w'anim, na mayɛ ɔsesafo ne ɔkobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a obekum Kain no, wobedi ne were ahorow asɔn. Na AWURADE yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain, na obiara a obehu no no ankum no. Na Kain fii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei. Na Kain ne ne yere Hawa dae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Enok. Na ɔkyekyeree kurow bi, na ɔde ne ba Enok din too kurow no. Na wɔwoo Irad maa Enok, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek. Na Lamek faa mmea baanu waree, obiako din de Ada, na nea ɔka ho no din de Sila. Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntamadan mu ne mmoa ho tenafo agya. Na ne nua din de Yubal, ɔno na ɔyɛ asankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo nyinaa agya. Na Sila nso woo Tubal-kain a ɔyɛ kɔbere mfrafrae ne dade ade nyinaa atomfo agya. Na Tubal-kain ne nuabea ne Naama. Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, muntie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m'asɛm: Mikum aberante bi sɛ opiraa me, na mikum aberante sɛ ɔboroo me. Na sɛ wodi Kain so were mpɛn ason a, Lamek de bɛyɛ aduɔsɔn asɔn. Na Adam ne ne yere dae bio, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Set a ase ne: Nsiananmu, sɛ Onyankopɔn de ɔba foforo asi me Habel a Kain kum no no anan mu. Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no. Adam awo ntoatoaso nhoma ni: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ne suban so na ɔyɛɛ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn, na ohyiraa wɔn, na ɔtoo wɔn din onipa. Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set. Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Adam nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduasa, na owui. Na Set dii mfirihyia ɔha ne anum na ɔwoo Enos. Na Set woo Enos no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Set nna nyinaa si mfe ahankron ne dumien, na owui. Na Enos dii mfirihyia aduakron na ɔwoo Kenan. Na Enos woo Kenan no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne dunum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Enos nna nyinaa si mfe ahankron ne anum, na owui. Na Kenan dii mfirihyia aduɔsɔn na ɔwoo Mahalaleel. Na Kenan woo Mahalaleel no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduanan, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Kenan nna nyinaa si mfe ahankron ne du, na owui. Na Mahalaleel dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Yared. Na Mahalaleel woo Yared akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Mahalaleel nna nyinaa si mfe ahanwɔtwe aduakron anum, na owui. Na Yared dii mfirihyia ɔha aduosia abien na ɔwoo Enok. Na Yared woo Enok akyi no, odii mfe ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Yared nna nyinaa si mfe ahankron aduosia abien, na owui. Na Enok dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Metusela. Na Enok woo Metusela no akyi no, ɔne Nyankopɔn nantewee mfirihyia ahasa, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea. Na Enok nna nyinaa si mfe ahasa aduosia anum. Na Enok ne Nyankopɔn nantewee; na wanhu no efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe. Na Metusela dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe ason na ɔwoo Lamek. Na Metusela woo Lamek no akyi no, odii mfe ahansɔn aduɔwɔtwe abien, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Metusela nna nyinaa si mfe ahankron aduosia akron, na owui. Na Lamek dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe abien na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Noa, na ɔkae sɛ: Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no so. Na Lamek woo Noa no akyi no, odii mfe ahanum aduɔkron anum, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea. Na Lamek nna nyinaa si mfirihyia ahansɔn aduɔsɔn asɔn, na owui. Na Noa dii mfirihyia ahannum, na Noa woo Sem, Ham ne Yafet. Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu. Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete. Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. Na AWURADE nuu ne ho sɛ, ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam. Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn. Na Noa de, onyaa ɔdom wɔ AWURADE anim. Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee. Na Noa woo mmabanin baasa, Sem, Ham ne Yafet. Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma. Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase. Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama tare emu ne ɛho. Na sɛnea yɛ no ni: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛw basafa aduonum anum, ne korɔn basafa dunum. Yɛ adaka no ho mfɛnsere, enkosi sɛ aka basafa biako na adu soro, na si adaka no ano pon ne nkyɛn mu, na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea edi ase, nea edi ntam ne nea edi soro. Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu. Na me ne wo bɛpam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo, ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom. Na fa ade a ɛte ase nyinaa, ɔhonam nyinaa mu abien abien, onini ne ɔbere, kɔ adaka no mu, na wonnya nkwa nka wo ho. Nnomaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, wɔn nyinaa mu abien abien mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa. Na wo de, boaboa aduan a wodi nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduan. Na Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ, saa ara na ɔyɛe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m'anim bere yi mu. Mmoa a wɔn ho tew nyinaa mu, fa ason asɔn, anini ne abere. Na mmoa a wɔn ho ntew mu, fa abien abien, onini ne ɔbere; wim nnomaa mu nso, ason asɔn, anini ne abere, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani. Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani. Na Noa yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no nyinaa. Na nsuyiri no baa asase so na Noa adi mfirihyia ahansia. Na nsu a ɛrebeyiri no nti, Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu. Mmoa a wɔn ho tew ne mmoa a wɔn ho ntew ne nnomaa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa mu abien abien ne Noa kɔɔ adaka no mu, onini ne ɔbere, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Noa no. Na nnansɔn akyi no, nsuyiri baa asase so. Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a ɛto so abien so, ɔsram no dadu nnansɔn so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paepaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei. Na osu tɔɔ asase so pii adaduanan awia ne anadwo. Saa da yi ara (nsuyiri yi hyɛɛ ase no) mu na Noa ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne Noa yere ne ne mma yerenom baasa kɔɔ adaka no mu, wɔn, ne mmoadoma nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntuboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, nnomaa ne ntakraboa nyinaa, wɔne Noa kɔɔ adaka no mu, ɔhonam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa mu abien abien. Na wɔn a ɛbae no, ɔhonam nyinaa mu anini ne abere na ɛbae, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no, na AWURADE too no mu. Na nsuyiri no baa asase so adaduanan, na nsu no tɔe, na ɛsoaa adaka no, na ɛmaa so fii asase so. Na nsu no boroo so na eyirii dodo wɔ asase so; na adaka no tɛn nsu no ani. Na nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so. Nsu no boroo so kɔɔ soro basafa ason ne fa kataa mmepɔw so. Na abɔde a ɛkeka ne ho asase so nyinaa wuwui, nnomaa, ntɔteboa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa nyinaa, wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui. Na ɔpopaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, efi nnipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, na wɔpopaa wɔn fii asase so, na ɛkaa Noa nko ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no. Na nsu no boroo so wɔ asase so nna ɔha aduonum. Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa a wɔne no wɔ adaka no mu no nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase. Na ebun no nsu aniwa sisiwii, na ɔsoro mfɛnsere mu totoe, na osu a efi soro no gyaee tɔ. Na nsu no twe fii asase so ara; na nna ɔha aduonum akyi no na nsu no so rehuan. Na ɔsram a ɛto so asɔn, ɔsram no da a ɛto so dunsɔn na adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. Na nsu no kɔɔ so twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no na mmepɔw atifi dedaa adi. Na ɛno akyi adaduanan no, Noa buee adaka no mfɛnsere a ɔyɛe no, na ɔsomaa kwaakwaadabi; na ofii adi, na odii akɔneaba de kosii sɛ nsu no yowee asase so. Na ɔsomaa aborɔnoma fii ne nkyɛn sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsu no ayow wɔ asase ani anaa. Nanso aborɔnoma no annya ne nan sibea, na ɔsan baa ne nkyɛn adaka no mu, efisɛ nsu no da so wɔ asase nyinaa ani ara. Na ɔteɛɛ ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu. Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma fii adaka no mu bio. Na aborɔnoma no baa ne nkyɛn anwummere, na hwɛ, ngodua ahaban frɔmfrɔm tua n'ano; na Noa hui sɛ nsu no ayow asase so. Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma no; na wansan amma ne nkyɛn bio. Na afe a ɛto so ahansia ne biako, ɔsram a edi kan no da a edi kan no na nsu no ayow asase so; na Noa yii suhyɛ no fii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase ani awo. Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason no na asase so awo koraa. Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ: Fi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wo mma yerenom a wɔka wo ho; mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a efi ɔhonam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne nea ɛwea asase so nyinaa ne wo mfi adi, na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so. Na Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom fii adi; mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, nea ɛkeka ne ho asase so nyinaa, sɛnea wɔn mmoaban te, fi adaka no mu fii adi. Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so. Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi. Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da. Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma. Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ. Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhabanmono memaa mo no. Nam a ne mogya wɔ ne mu nko na munnni. Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam. Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa. Na mo de, monwo na monnɔ, na monyɛ asase so manyamanya, na monnɔɔso wɔ so. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ: Na me nso, hwɛ, merema m'apam atim hɔ ama mo ne mo asefo a ebedi mo akyi, ne akra a ɛtete ase a ɛka mo ho nyinaa, nnomaa, ntɔteboa ne asase so mmoadoma a wɔne mo wɔ hɔ nyinaa, wɔn a efi adaka no mu nyinaa, asase so mmoadoma nyinaa. Na mama me ne mo apam yi agyina hɔ, sɛ meremfa nsuyiri mensɛe abɔde nyinaa bio, na nsuyiri remma mmɛsɛe asase bio. Na Onyankopɔn kae sɛ: Apam a merema ada me ne mo ne akra ateasefo a ɛka mo ho nyinaa ntam akɔ nnasanten awo ntoatoaso so no ho sɛnkyerɛnne ni: Me nyankontɔn na mede masi omununkum mu, na ayɛ me ne asase ntam apam no ho sɛnkyerɛnne. Na sɛ mede omununkum meba asase so a, wobehu nyankontɔn no wɔ omununkum no mu, na makae m'apam a ɛwɔ me ne mo ne abɔde nyinaa mu ateasefo ntam no, na nsu annan nsuyiri ansɛe ɔhonam nyinaa bio. Na nyankontɔn no bɛba omununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa ntam no. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Eyi ne apam a mama agyina me ne ɔhonam a ɛwɔ asase so nyinaa ntam no ho sɛnkyerɛnne. Na Noa mma a wofii adaka no mu fii adi no ne Sem ne Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n'agya. Eyinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa fi petee asase nyinaa so. Na Noa fii ase yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobeturo. Na ɔnom nsa no bi, na ɔbowee, na ɔda ne ntamadan mu a ne ho da hɔ. Na Kanaan n'agya Ham kohuu n'agya adagyaw mu, na ɔkɔka kyerɛɛ ne nuanom baanu no wɔ adiwo. Na Sem ne Yafet faa ntama, na wɔn baanu de guu wɔn mmati so nam nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so, na wɔdan wɔn ani kyerɛɛ akyiri, na wɔanhu wɔn agya adagyaw mu. Na Noa ani so tetew fii n'asabow mu na ɔtee nea ne ba kumaa no ayɛ no no, ɔkae sɛ: Wɔadome Kanaan, ɔbɛyɛ nkoa mu akoa ama ne nuanom. Na ɔkae sɛ Nhyira ne Sem Nyankopɔn, Awurade, na Kanaan nyɛ wɔn akoa. Onyankopɔn mma Yafet ase ntrɛw, na ɔntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ wɔn akoa. Na nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfirihyia ahasa aduonum. Na Noa nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduonum, na owui. Na eyinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awo ntoatoaso; na nsuyiri no akyi wɔwoo mma. Yafet mma ni: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma. Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim. Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu. Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan. Na Kus mma ne Seba ne Hawila ne Sabta ne Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan. Na Kus woo Nimrod. Ɔno na ofii ase yɛɛ ɔkatakyie asase so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim; enti na wɔka sɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim te sɛ Nimrod. Na n'ahenni mfiase ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase so. Asase no so na ofi kɔɔ Asaria kɔkyekyee Niniwe, Rehobot-ir ne Kala, Resen a ɛda Niniwe, Kala ntam no, ɛne kurow kɛse no. Na Misraim woo Ludim, Anamim, Lehabim ne Naftuhim, Patrusim, Kasluhim (a Filistifo fii wɔn mu) ne Kaftorim. Kanaan woo n'abakan Sidon, Het, Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, Hiwifo, Arkifo, Sinifo, Arwadifo, Semarifo ne Hamatifo. Ɛno akyi na Kanaanfo mmusua petee. Na Kanaanfo hye fi Sidon kodu Gerar de kosi Gasa kodu Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kosi Lasa. Eyinom ne Ham mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase ne wɔn amanaman te. Na wɔwoo mma maa Sem a ɔne Heber mma nyinaa agya ne Yafet ne nua panyin no nso. Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Na Aram mma ne Us ne Hul, Geter ne Mas. Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. Na Eber woo mma baanu. Nea ɔdi kan no din de Peleg, efisɛ, ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan. Na Yoktan woo Almodad ne Selef Hasarmawet ne Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael ne Saba, Ofir, Hawila ne Yobab; eyinom nyinaa ne Yoktan mma. Na wɔn tenabea fi Mesa kodu Sefar, apuei bepɔw so. Eyinom ne Sem mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn amanaman te. Eyinom ne Noa mma mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi amanaman petee asase so. Na asase nyinaa sofo yɛ anokoro kasa ɔkasa koro. Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte. Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani. Na AWURADE sane bɛhwɛɛ kurow ne abantenten a nnipa mma reto no. Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman biako, na wɔn nyinaa kasa ɔkasa koro na nea wɔafi ase reyɛ ni; na afei, biribiara rentumi nsiw wɔn nea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan. Wiɛ, momma yensian nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio. Na efi hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye. Enti na wɔfrɛ hɔ Babel ase ne: Basabasa, efisɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani. Eyinom ne Sem awo ntoatoaso: Sem dii mfirihyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyiri no akyi mfe abien. Na Sem woo Arfaksad no akyi no, odii mfe ahannum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Arfaksad dii mfirihyia aduasa anum na ɔwoo Sela. Na Arfaksad woo Sela no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Sela dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Eber. Na Sela woo Eber no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Eber dii mfirihyia aduasa anan na ɔwoo Peleg. Na Eber woo Peleg no akyi no, odii mfe ahanan aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Peleg dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Reu. Na Peleg woo Reu no akyi no, odii mfe ahanu ne akron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Reu dii mfirihyia aduasa abien na ɔwoo Serug. Na Reu woo Serug no akyi no, odii mfe ahanu ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Serug dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Nahor. Na Serug woo Nahor no akyi no, odii mfe ahanu, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Nahor dii mfirihyia aduonu akron na ɔwoo Tera. Na Nahor woo Tera no akyi no, odii mfe ɔha ne dunkron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. Na Tera dii mfirihyia aduɔsɔn, na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. Na eyinom ne Tera awo ntoatoaso: Tera woo Abram ne Nahor ne Haran, na Haran woo Lot. Na Haran wui n'agya Tera anim, asase a wɔwoo no wɔ so no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea. Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babea. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya. Na Sarai yɛ obonin, onni ba. Na Tera faa ne ba Abram ne ne nena Lot, Haran ba ne n'ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ. Na Tera nna si mfe ahanu ne anum, na Tera wui wɔ Haran. Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa. Na Abram kɔe sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔsɔn anum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so. Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so. Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no. Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE. Na Abram dii atutena ara kɔɔ negeb. Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so. Na ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ, na ɛbɛba sɛ Misraimfo hu wo a, wɔbɛka sɛ ne yere ni, na wɔakum me, na wɔama woatena ase. Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yiye, na matena ase. Na Abram duu Misraim no, Misraimfo huu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. Na Farao atitiriw huu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbea no kɔɔ Farao fi. Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma. Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi. Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? Adɛn nti na wuse: ɔyɛ me nua? Na afei, hwɛ, wo yere ni, fa no na kɔ wo kwan. Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wonkogya no ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa kwan. Na Abram fii Misraim, ɔno ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, baa negeb. Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa ne dwetɛ ne sika mu. Na odii atutena fi negeb koduu Betel, nea kan ne ntamadan si no, wɔ Betel ne Ai ntam, nea afɔremuka a osii kan no wɔ hɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ. Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nguan ne anantwi ne ntamadan. Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, efisɛ wɔn ahode dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako. Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so. Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w'anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho fi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum. Na Lot maa n'ani so hwɛɛ Yordan nyinaa de kosi Soar huu sɛ ne nyinaa so wɔ nsu te sɛ AWURADE turo no te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no. Na Lot paw Yordan dantaban no nyinaa, na otutu faa apuei fam; na anuanom no dii mpaepaemu. Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot de, ɔtenaa Yordan dantaban no nkurow mu, na otutuu ne ntamadan ara de koduu Sodom. Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim. Na Lot tew ne ho fii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w'ani so, na fi nea wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafo fam ne apuei ne atɔe. Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa. Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso. Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo. Na Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no ho, na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ. Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal bere so, wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako. Ahemfo yi nyinaa behyiae Sidim bon mu, (ɛno ne nkyene Po no). Mfirihyia dumien na wɔsom Kedorlaomer na afe a ɛto so dumiɛnsa no, wɔtew atua. Na afe a ɛto so dunan no, Kedorlaomer ne ahene a wɔkeka ne ho no bekum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifo wɔ Ham, ne Emifo wɔ Kiriataim tataw so, ne Horifo wɔ wɔn bepɔw Seir so de kosii El-paran a ɛwɔ sare so no. Na wɔsan baa En-mispat, na wɔkaa Amalekfo asase nyinaa ne Amorifo nso a wɔte Hasesontamar no gui. Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ahemfo ne Bela (a ɛne Soar) hene fi bae. Na wɔne Elam hene Kedorlaomer, Goiim hene Tideal, Sinear hene Amrafel ne Elasar hene Ariok de bɛbɔɔ ani wɔ Sidim bon mu, ahene baanan a wɔreko atia baanum. Na Sidim bon mu yɛ ama amoamoa ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo guanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no guan kɔɔ bepɔw so. Na wɔfaa Sodom ne Gomora nneɛma nyinaa ne wɔn nnuan nyinaa de siim kɔe. Na wɔfaa Abram ne nua ba Lot a ɔte Sodom ne n'ahode kɔe. Na oguanfo bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, a ne nuanom ne Eskol ne Aner ne nua, pɔw mu; nso wɔne Abram wɔ apam. Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fi ahasa dunwɔtwe tuu sa tiw wɔn koduu Dan. Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn koduu Hoba a ɛda Damasko benkum so no. Na ɔde nneɛma no nyinaa ne ne nua Lot nso ne ne nneɛma ne mmea no nso ne nkurɔfo no san bae. Melkisedek hyira Abram. Na ɔsan fii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho no so nkonimdi no reba no, Sodom hene fi kohyiaa no wɔ Sawe bon mu. Na Salem hene Melkisedek de abodoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Na ohyiraa no sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram, na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w'atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du. Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahode no. Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, sɛ efi asaawa so de kosi mpaboa hama so, meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho; gye nea mmerante no adi no nko, ne mmarima a wɔne me kɔe no, Aner, Eskol ne Mamre nya wɔn kyɛfa. Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii. Na Abram se: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na wode bɛma me? Minni ba na menam, so nea obedi m'ade ne Damaskoni Eliesa anaa? Na Abram kae se: Ao, me de, woamma me asefo, na hwɛ, me fienipa na obedi m'ade. Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na obedi w'ade, na nea obefi wo ankasa asen mu no na obedi w'ade. Na ɔde no fii adi kae sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'asefo bɛyɛ nen. Na Abram gyee AWURADE dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ Mene AWURADE a ɔde wo fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ mede asase yi mɛma wo sɛ awunnyade. Na ose. AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na mede mehu sɛ menya? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa ne abirekyi a wadi mfe abiɛsa ne odwennini a wadi mfe abiɛsa ne aturukuku ne aborɔnoma ba brɛ me. Na ɔde eyi nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no de, wampaepae wɔn mu. Na nnomaa a wodi nam besisii mmoa afunu no so, na Abram pam wɔn. Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu ne esum kabii duruu no so. Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ohu na hu sɛ w'asefo bɛyɛ ahɔho asase a ɛnyɛ wɔn de so, na wɔasom wɔn, na wɔbɛhaw wɔn mfirihyia ahannan. Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mebu wɔn atɛn, na akyiri no, wɔde ahode pii befi hɔ akɔ. Na wo de, wobɛkɔ w'agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakorabere pa mu. Na awo ntoatoaso anan mu na wɔbɛsan aba ha, efisɛ Amorifo amumɔyɛ nnya nnui ɛ. Na owia tɔe na esum kusuu durui no, hwɛ, biribi a ɛte se gyaframa a efi wusiw ne gyatɛn a ɛdɛw bɛfaa afaafa no ntam. Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so: Kenifo, Kenisifo, Kadmonifo, Hetifo, Perisifo, Refaimfo, Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo, ne Yebusifo. Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afanaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar. Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai. Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware. Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa. Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn. Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w'afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w'ani so. Na Sarai tan n'ani na oguan fii ne nkyɛn. Na AWURADE bɔfo huu no nsu aniwa bi ho wɔ sare so, Sur kwan so nsu aniwa no ho. Na ɔkae sɛ: Hagar, Sarai afanaa, wufi he na woreba, na worekɔ he ni? Na ose: Mifi m'awuraa Sarai anim na mereguan. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ w'awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ, na dodow nti wɔrentumi nkan wɔn. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ba, na wobɛto no din Ismael, ase ne: Onyankopɔn tie, efisɛ AWURADE ate w'amanehunu. Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum, ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa. Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa? Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beerlahairoi, ase ne: Ɔteasefo a ohu me no abura, hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam. Na Hagar woo ba maa Abram, na Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no sɛ: Ismael. Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia. Na Abram dii mfirihyia aduakron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m'anim, na yɛ pɛ. Na mɛma m'apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara. Na Abram daa hɔ de n'anim butuw fam; na Onyankopɔn ne no kasae sɛ Me de, hwɛ, m'apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya. Na wɔremfrɛ wo din Abram, a ase ne: Agya a wɔama no so bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham ase ne: Nnipakuw agya, efisɛ mayɛ wo aman pii agya. Na mɛma woadɔ pii pa, na mɛyɛ wo aman, na ahene afi wo mu. Na mɛma me ne wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no apam agyina wɔ wɔn awo ntoatoaso mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no Nyankopɔn. Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, di m'apam so, wo ne w'asefo a ebedi w'akyi awo ntoatoaso mu. Eyi ne me ne w'asefo a ebedi w'akyi no ntam apam a munni so: Wontwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia. Na muntwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho sɛnkyerɛnne. Na ɔbabarima biara a wadi nna awotwe no, muntwa no twetia mo awo ntoatoaso mu, nea wɔawo no ofie ne nea wɔde sika tɔɔ no wɔ ɔhɔho biara a ɔnyɛ w'aseni nkyɛn. Otwa na twa nea wɔawo no wɔ wo fi ne nea wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m'apam atena mo honam mu sɛ daa apam. Na ɔbarima momonoto biara a wontwaa no twetia no, saa onipa no wobetwa no afi ne man mu, wato m'apam. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai de, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara, ase ne: Ɔhene babea. Na mehyira no, na mama wo ne mu ba nso. Yiw, mehyira no, na ɔbɛyɛ ɔmankɛse. Aman ahemfo befi ne mu. Na Abraham de n'anim butuw fam serewee, na ɔkae ne komam sɛ: So wɔbɛwo ɔba ama nea wadi mfirihyia ɔha, na Sara a wadi mfe aduakron no bɛwo anaa? Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, enne anka ma Ismael nya w'anim adom ɛ! Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no. Na Ismael ho de, matie wo. Hwɛ, mehyira no, na mama wawo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitiriw dumien na ɔbɛwo, na mayɛ no ɔman kɛse. Na m'apam de, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afedan sesɛɛ no na ɛbɛpam ama agyina. Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn fii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro. Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fi nyinaa ne wɔn a wɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fifo mu mmarima nyinaa, na otwaa wɔn twetia da no ara, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Abraham adi mfirihyia aduakron akron na wotwaa no twetia, na ne ba Ismael adi mfe dumiɛnsa na wotwaa no twetia. Da no ara na wotwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia. Na ne fifo nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔho nkyɛn, wotwitwaa wɔn twetia kaa ne ho. Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no wɔ Mamre pɔw mu, na ɔte ne ntamadan pon ano awia ketee. Na ɔmaa n'ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abegyina ne ntentenso. Na ohuu wɔn no, ofii ne ntamadan pon ano tuu mmirika kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase, kae sɛ: me wura, sɛ manya w'anim anuonyam a, mesrɛ wo, ntwa w'akoa ho nkɔ. Ma wɔnkɔsaw nsu kakra bi mmra ɛ, na monhohoro mo anan ase, na monhome dua yi ase. Na mekɔ makɔfa abodoo kakra maba, na mode adwudwo mo koma, na ɛno akyi no moakɔ, na enti na mobɛfaa mo akoa nkyɛn yi. Na wose: Yɛ sɛnea woaka yi. Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntamadan mu kae sɛ: Yɛ ntɛm, fa asikresam pa susukora abiɛsa, fɔtɔw to tetare. Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwi mu kɔkyeree nantwi ba a oye, na ne nam bɛyɛ mmerɛw na ɔde maa ne somfo bi, na ɔyɛɛ ntɛm yɛɛ aduan no. Na ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a osiesiee no no, na ɔde besii wɔn anim; na ɔno de, ogyinaa wɔn anim dua no ase, na wodidii. Na wobisaa no sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ose: Hwɛ, ɔwɔ ntamadan mu. Na wɔn mu biako kae sɛ: Ampa ara, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na hwɛ, wo yere Sara anya ɔba. Na Sara tee wɔ ntamadan pon a ɛwɔ n'akyi no ano. Na Abraham ne Sara nyinaa anyin, na wɔadi mfirihyia pii, na nea ɛyɛ mmea no to atwa wɔ Sara ho. Enti Sara serewee ne mu kae sɛ: Sɛ manya mawie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akwakoraa yi, na menya anigye? Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Dɛn nti na Sara serewee sɛ: So ampa ne ampa na manyin yi mɛwo ba? So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba. Na Sara sanee sɛ: Menserewee ɛ, efisɛ osuro. Na ose: Daabi, na woaserew. Na mmarima no sɔre fii hɔ dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham ne wɔn kɔe kogyaa wɔn kwan. Na AWURADE kae sɛ: So memfa nea merebɛyɛ yi minsie Abraham anaa? Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa. Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so. Na AWURADE kae sɛ: Sodom ne Gomora nteɛm so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti, meresian makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛnea nteɛm a edu me nkyɛn no te anaa; na sɛ ɛnte saa a, mahu. Na mmarima no dan wɔn ani fii hɔ kɔɔ Sodom, na Abraham de, na ɔda so gyina AWURADE anim ara. Na Abraham twiw bɛn kae sɛ: So wobɛpra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo abom agu anaa? Ebia sesɛɛ atreneefo aduonum wɔ kurow no mu, so wobɛpra wɔn agu, na atreneefo aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa mfiri kurow no anaa? Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa? Na AWURADE kae sɛ Sɛ mihu atreneefo aduonum Sodom kurow mu a, wɔn nti mede mefiri kurow no nyinaa. Na Abraham buae sɛ: Hwɛ, meyɛ mfutuma ne nso de, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa: Se ebia atreneefo aduonum no so tew anum a, so anum no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa? Na ose: Sɛ mihu aduanan anum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ. Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wobehu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buae se: Aduanan no nti merenyɛ. Ɛnna ɔkae sɛ: Mma AWURADE bo mmfuw, na ma menkasa: Ebia wobehu aduasa wɔ hɔ. Na ose: Sɛ mihu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ. Na ɔkae sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wobehu aduonu wɔ hɔ. Na ose: Aduonu no nti merensɛe hɔ. Na ɔkae sɛ: Mma Awurade bo mmfuw, na menkasa prɛko pɛ yi: Ebia wobehu edu wɔ hɔ. Na ose: Edu no nti merensɛe hɔ. Na AWURADE ne Abraham wiee ɔkasa no, ɔkɔe, na Abraham san baa ne fi. Na abɔfo baanu no duu Sodom anwummere; na Lot te Sodom kurow pon ano. Na Lot huu wɔn no, ɔsɔre kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kae sɛ: Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo anan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wose: Dabi, na yɛbɛda abɔnten so. Na ɔsrɛɛ wɔn dennennen. Na wɔman ne nkyɛn baa ne fi, na ɔtow wɔn pon, na ɔtoo apiti ma wodii. Na wonnya nkɔdae no, kurom hɔfo, Sodomfo, betwaa ɔdan no ho hyiae, efi mmofra so kosi mpanyimfo so, ɔman mu no nyinaa. Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ; Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yene wɔn nna. Na Lot fi kɔɔ wɔn nkyɛn ɔpon ano, na ɔtoo ɔpon no mu wɔ n'akyi. Na ɔkae sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne sa! Hwɛ, mewɔ mmabea baanu a wonhuu ɔbarima ɛ, momma memfa wɔn mimfi memmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛnea eye mo ani so, na mmarima yi nko de, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ nwini ase yi. Na wɔkae sɛ: Twe wo ho fi hɔ! Na wose: Saa onipa yi bae bɛyɛɛ ɔhɔho, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufo yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛn wɔn. Na wɔhyɛɛ Lot so dennen twiw bae sɛ wobebubu pon no. Na mmarima no teɛɛ wɔn nsa twee Lot baa wɔn nkyɛn wɔ ɔdan no mu, ma wɔtoo pon no mu. Na nnipa a wogyina ɔpon ano no de, wofurafuraa wɔn ani fi nketewa so kosi akɛse so, na wɔhwehwɛɛ ɔpon ano kwan brɛe. Na mmarima no ka kyerɛɛ Lot sɛ: Wowɔ obi wɔ ha ka wo ho? Asew anaa mmammarima anaa mmabea anaa biribiara a wowɔ wɔ kurow yi mu, yi wɔn fi ha, na yɛrebɛsɛe ha, efisɛ wɔn nnebɔne adu AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha. Na Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔ kasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na AWURADE rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw. Na ade reyɛ akye no, abɔfo no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi amumɔyɛ mu. Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no susoo ɔno ne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, na AWURADE huu no mmɔbɔ na wɔde no fii adi gyaw no kurow no akyi. Na wɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Guan gye wo kra nkwa, nhwɛ w'akyi, nso nnyina dantaban yi mu baabiara; bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo. Na Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: O, owura, mma ɛnnyɛ sa. Hwɛ, w'akoa anya w'anim dom, na woama w'adɔe a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa, nanso merentumi nguan nkɔ bepɔw so, na mmusu no ammɛto me, na manwu. Hwɛ, kurow yi na ɛbɛn sɛ woguan kɔ hɔ, nanso ɛhɔ sua; ma minguan menkɔ hɔ ɛ, so ensua anaa? Na me kra anya nkwa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutuw kurow a woka ho asɛm yi. Yɛ ntɛm guan kɔ hɔ, efisɛ merentumi menyɛ hwee gye sɛ woakodu hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kurow no din sɛ: Soar, ase ne: Ade ketewaa. Na Lot duu Soar no, na owia apue asase so. Na AWURADE tɔɔ sufre ne gya fi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so. Na obutuw nkurow no ne dantaban no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkurow no mu nyinaa ne nea afifi asase no so. Na ne yere no de, ɔhwɛɛ n'akyi, na ɔdan nkyene siw. Na Abraham tuaa ahema kɔɔ nea ogyinaa AWURADE anim hɔ no. Na ɔdan n'ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne dantaban no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wusiw foroe sɛ, fononoo mu wusiw. Na Onyankopɔn sɛee dantaban no nkurow no no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ogyee Lot fii butuw a obutuw nkurow a Lot te mu no mu. Na Lot fii Soar kɔtenaa bepɔw no so, ɔne ne mmabea baanu no, efisɛ osuroo Soar tena, na ɔne ne mmabea baanu no kɔtenaa ɔbodan bi mu. Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyin, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛnea asase sofo nyinaa amanne te. Bra, na yɛmma yɛn agya nsa nnom, na yɛne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no, na abakan no kɔɔ mu ne n'agya kɔdae; na wanhu ne nna ne ne sɔre mu. Na ade kyee no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m'agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso bio, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhu ne nna ne ne sɔre mu. Na Lot mmabea baanu no nyinsɛn wɔn agya ho. Na abakan no woo babarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfo agya de besi nnɛ. Na akumaa no nso woo babarima, na ɔtoo no din Benami; ɔne Amonfo agya de besi nnɛ. Na Abraham tutu fii hɔ kɔɔ nɛgeb, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Gerar. Na Abraham kae ne yere Sara ho sɛ ɔyɛ me nuabea. Na Gerar hene Abimelek soma ma wɔbɛfaa Sara. Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere. Nso Abimelek nnya mfaa ne ho nkaa no ɛ. Na ɔkae sɛ: AWURADE, so wubekum ɔman trenee nso? So ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbea no nso kae sɛ: Me nua ne no. Me komam fann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ eyi. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Me nso minim sɛ, wo komam fann na wode yɛɛ eyi, na me nso misoo wo mu, na woanyɛ me bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no. Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa. Na Abimelek sɔree anɔpatutu frɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ wɔn, na nnipa no suroe pii. Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ wo, na wode bɔne kɛse yi aba me ne m'ahenni so? Ade a wɔnyɛ na woayɛ me yi. Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Dɛn na wuhui na wudii saa asɛm yi? Na Abraham kae sɛ: Efisɛ misusuwii sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wobekum me. Nanso ɛwom ampa sɛ ɔyɛ me nua; m'agya ba ne no, na ɛnyɛ me na ba a; na wayɛ me yere. Na Onyankopɔn ma mifii m'agya fi mibekyinii no, misee no sɛ: W'adɔe a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yebedu no, ka me ho sɛ ɔyɛ me nua. Ɛnna Abimelek faa nguan ne anantwi, ne nkoa ne mfenaa de maa Abraham, na ɔdan ne yere Sara maa no. Na Abimelek kae sɛ: Hwɛ, m'asase na ɛda w'anim yi, baabiara a eye wɔ w'ani so no, tena. Na Sara de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbona apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de behu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim. Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpae, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yare ma wɔwowoe. Esiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fifo mmea nyinaa yafunu mu. Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na Awurade yɛɛ Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Abraham ne nkwakorabere mu, bere a Onyankopɔn kaa no ho asɛm no mu. Na Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak. Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no. Na Abraham adi mfirihyia ɔha na wɔwoo ne ba Isak maa no. Na Sara kae sɛ: Onyankopɔn ama me ɔserew, obiara a ɔbɛte no bɛserew ama me. Na ose: Hena na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ: Sara bɛma mma nufu? Nanso hwɛ, mawo ba ama no, ne nkwakorabere mu. Na abofra no nyinii, na wotwaa no nufu. Na da a wotwaa Isak nufu no, Abraham tow pon kɛse. Na Sara huu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw. Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pam afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ebedi ade. Na ne ba no nti asɛm no yɛɛ: Abraham yaw yiye. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abofra no ne w'afenaa asɛm no nnyɛ wo yaw, na nea Sara ka kyerɛ wo nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w'asefo. Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛse, efisɛ ɔyɛ w'aseni. Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduan ne nsu kotoku, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ogyaa ɔne abofra no kwan. Na ɔkɔe, kokyinkyinii Beer-seba sare so. Na nsu no sae wɔ kotoku no mu no, ogyaw abofra no wɔ ɔdɔtɔ bi ase, na ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛnea wɔtow bɛmma a ɛbɛtɔ, na ose: Mma minnhu abofra yi wu! Na ɔtenaa ne ntentenso, na ɔmaa ne nne so sui. Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Onyankopɔn bɔfo fi soro frɛɛ Hagar ka kyerɛɛ no sɛ: Hagar, dɛn na ɛyɛ wo? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ nea ɔwɔ hɔ. Sɔre, ma abarimaa no so, na fa wo nsa so no mu; na mɛyɛ no ɔman kɛse. Na Onyankopɔn buee n'ani, na ohuu asubura bi, na ɔkɔe kɔsaw bi hyɛɛ nsu kotoku no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee. Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na onyinii, na ɔtenaa sare so hɔ yɛɛ ɔbɛmmatofo. Na ɔtenaa Paran sare so; na ne na kɔwaree yere fi Misraim asase so brɛɛ no. Na bere no mu no, Abimelek ne ne safohene: Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w'akyi wɔ biribiara a woyɛ mu. Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi. Na Abraham kae sɛ: Mɛka ntam no. Na asubura bi a Abimelek nkoa nam anuɔden so gyei no nti Abraham kaa Abimelek anim. Na Abimelek kae sɛ: Minnim nea odii saa asɛm yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, sɛ nnɛ. Na Abraham de nguan ne anantwi maa Abimelek, na wɔn baanu pamee. Na Abraham yii nguanten mma abere ason gyinaa ɔfa. Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Nguanten mma abere ason a wuyii wɔn gyinaa ɔfa yi ase ne dɛn? Na ɔkae sɛ: Nguanten mma abere ason yi, gye wɔ me nsa mu, na ɛnyɛ me adanse, sɛ me na mituu abura yi. Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba a ase ne: Ntanka abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam. Na wɔpamee wɔ Beer-seba, na Abimelek ne ne safohene titiriw Pikol sɔree, na wɔsan kɔɔ Filistifo asase so. Na Abraham tɛw asantɛw dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn din wɔ hɔ. Na Abraham yɛɛ ɔhɔho Filistifo asase so nna pii. Na nsɛm yi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ose: Mini. Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so. Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no. Na da a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n'ani so, na ohuu beae hɔ wɔ akyirikyiri. Na Abraham ka kyerɛɛ ne mmofra no sɛ: Mo ne afurum yi ntena ha, na me ne abarimaa yi bɛkɔ noho akɔsɔre, na yɛasan aba mo nkyɛn. Na Abraham faa ɔhyew afɔre nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe. Na Isak ka kyerɛɛ n'agya Abraham sɛ: M'agya! Na ose: Mini, me ba. Na ose: Hwɛ, ogya ne nnyina ni, na oguammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he? Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyew afɔre aguammaa no. Na wɔn baanu kɔe. Na wokoduu nea Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, na osiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔremuka no so wɔ nnyina no so. Na Abraham teɛɛ ne nsa faa ɔsekan no sɛ ɔde rebekum ne ba no. Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ Abraham bio sɛ: Abraham, Abraham! Na ose: Mini. Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no. Na Abraham maa n'ani so, na ohui, na hwɛ, odwennini a ɔdɔtɔ aso ne mmɛn mu wɔ n'akyi; na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyew afɔre. Na Abraham too beae hɔ din sɛ Yahwe-Yire. Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ. Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ: Abraham bio sɛ, Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, maka me ho ntam sɛ: Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne. Ɛnna Abraham san baa ne mmerante no nkyɛn, na wɔsɔre siim baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba. Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor: n'abakan Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel. Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham ne nua Nahor. Na ne yere biako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba ne Gaham ne Tahas ne Maaka. Na Sara dii mfirihyia ɔha aduonu asɔn; Sara nkwa nna mu mfe ni. Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no. Na Abraham sɔre fii n'amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasae sɛ: Meyɛ mo nkyɛn hɔho ne mamfrani. Momma me amusie wɔ mo nkyɛn ha, na minsie m'amu a ɔda m'anim yi na emfi m'ani so. Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ: Owura, tie yɛn! Woyɛ okunini bi wɔ yɛn mu. Yɛn amusie no mu nea wopɛ biara no, sie w'amu no wɔ hɔ. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w'amu wɔ mu. Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfo, Het mma no, na ɔne wɔn kasae sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ misie m'amu yi ma no fi m'ani so a, muntie me, na monsrɛ Sohar ba Efron, mma me, na ɔmfa Makpela ɔbodan a ɛyɛ ne de, na ɛwɔ n'afuw ano no mma me; na onnye me n'aboten na ɔmfa mma me, na minnya asiei wɔ mo ha. Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma tee wɔ wɔn a wɔhyɛn ne kurow pon mu no nyinaa anim sɛ: Dabi, me wura, tie me: Mede afuw no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede mema wo yi, sie w'amu. Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfo no anim, na ɔkasa kyerɛɛ Efron maa asase no so nkurɔfo no tee sɛ: Sɛ wutie me a, mede afuw no ti dwetɛ mɛma wo; gye wɔ me nsam, na minsie m'amu wɔ hɔ. Na Efron buaa Abraham see no sɛ: Me wura, tie, nnwetɛbona ahanan asase yɛ dɛn wɔ me ne wo ntam? W'amu ara na sie. Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma tee no maa no, nnwetɛbona ahanan a aguadifo di no. Na wɔde Efron afuw a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre ntentenso no, afuw ne ɔbodan a ɛwɔ mu ne afuw no so nnua nyinaa, nea ɛwɔ n'ahye nyinaa so, hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma anim, wɔn a wɔhyɛn ne kurow pon mu no nyinaa anim. Na ɛno akyi no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuw no mu, wɔ ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentenso, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Na Het mma de afuw no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no hyɛɛ Abraham nsa sɛ amusie. Na Abraham abɔ akwakoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu. Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfo ne fie panyin a ɔhwɛ nea ɔwɔ nyinaa so sɛ: Fa wo nsa ka m'asen mu, na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba. Na kɔ me kurow ne m'abusua mu kɔware yere ma me ba Isak. Na ɔsomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ebia ɔbea no rempɛ sɛ obedi m'akyi aba asase yi so: ɛnne memfa wo ba no mensan menkɔ asase a wufi so bae no so anaa? Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na woamfa me ba ansan ankɔ hɔ bio. AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii m'agya fi ne asase a wɔwoo me wɔ so no so, na ɔne me kasae, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfo adi w'anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba. Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ odi w'akyi a, ɛnne wo ho afi me ntam yi mu, nanso mfa me ba nsan nkɔ hɔ bio. Na ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham asen mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho. Na ɔsomfo no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na okura ne wura nnepa ahorow nyinaa bi, na ɔsɔre siim kɔɔ Mesopotamia, Nahor kurow mu. Na ɔmaa ne yoma no butuw kurow no kurotia wɔ asubura bi ho anwummere a mmea bɛsaw nsu. Na ɔbɔɔ mpae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma ensi me yiye nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔe. Hwɛ, migyina asubura yi so ha yi, na kurom hɔfo mmabea rebefi abɛsaw nsu yi, ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w'akoa Isak, na ɛno mu na mehu sɛ woayɛ me wura adɔe. Na onnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka a wɔwoo no maa Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba bae, na ne kuruwa si ne mmati so. Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabun a ɔbarima bi nhuu no da, na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ ne kuruwa ma, na ɔbae. Na ɔsomfo no tuu mmirika kohyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma memmɔ wo kuruwa yi mu nsu kakra hwirow. Na ose: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no sii ne nsam ma ɔnomee. Na ɔma ɔnom wiei no, ɔkae sɛ: Mɛkɔ makɔsaw bi mabrɛ wo yoma no nso akosi sɛ wobewie nom. Na ɔyɛɛ ntɛm kohwiee ne kuruwa mu nsu no guu anomee hɔ, na otutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaw nsu, na ɔsaw maa ne yoma no nyinaa. Na ɔbarima no hwɛɛ no ara, na ɔyɛɛ komm sɛ obehu sɛ AWURADE ama ne kwankɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte sa. Na yoma no wiee nsu no nom no, ɔbarima no yii sika hwene mu kaa a ano si dwetɛbona fa ne nsa so nkapo abien a ano si sikabona du de hyɛɛ no, na ɔkae sɛ: Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, kyerɛ me! So yebenya dabere wɔ w'agya fi anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Betuel, Milka ba a ɔwoo no maa Nahor no ba ne me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛwɔ sare ne mmoa aduan pii ne nea mobɛda. Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n'adɔe ne ne nokware ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura ne nuanom fi kwan. Na ababaa no tuu mmirika kɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne na fifo. Na Rebeka wɔ onuabarima bi a ne din de Laban. Na Laban de mmirika fii adi kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho. Na ohuu hwene mu kaa ne ne nua nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛnea ɔbarima no kasa kyerɛɛ me ni, no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na hwɛ, ogyina yoma no nkyɛn, asubura no ho. Na ose: Wo a AWURADE ahyira wo, bra, ɛdɛn nti na wugyina kurotia? Na masiesie ɔdan mu ne baabi nso mama yoma no. Na ɔbarima no kɔɔ ofie, na oyii yoma no so nneɛma, na ɔmaa yoma no sare ne aduan, na ɔmaa ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no nsu sɛ wɔnhohoro wɔn anan ase. Na wɔde aduan besii n'anim sɛ onni; na ose: Merennidi gye sɛ mabɔ m'amanneɛ ansa. Na ose: Bɔ na yentie ɛ! Na ose: Abraham somfo ne me. Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum. Na me wura yere Sara awo ɔba wɔ ne mmerewabere mu ama me wura, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no. Na me wura ama maka ntam se: Nware Kanaanfo a mete wɔn asase so yi mmabea mu bi mma me ba, na mmom kɔ m'agya fi ne m'abusua mu kɔware yere brɛ me ba. Na misee me wura sɛ: Na sɛ ɔbea no anni m'akyi ɛ? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n'anim no bɛsoma ne bɔfo aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yere wɔ m'abusua mu ne m'agya fi abrɛ me ba. Ɛno ansa na sɛ wokɔ m'abusua mu a, wo ho befi me ntam no mu, na sɛ wɔamma wo bi a, ɛnne na wo ho afi me ntam no mu. Na mebaa asubura no ho nnɛ kae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a mitu yi ayɛ dwoodwoo a, hwɛ, migyina asubura yi ho, na ma ɛmmra mu sɛ ababaa a obefi abɛsaw nsu, na mese no sɛ: Mesrɛ wo, ma me wo kuruwa yi mu nsu kakra mennom, na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsaw bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbea a AWURADE ayi no ama me wura ba. Na minnya minwiee me koma mu kasa no, hwɛ, Rebeka fii adi bae a kuruwa si ne mmati so, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaw nsu. Na misee no sɛ Mesrɛ wo, ma me bi mennom. Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no kae sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee. Na mibisaa no sɛ: Hena ba ne wo? Na ose: Betuel, Nahor ba a Milka wo maa no no ba ne me. Na mede hwene mu kaa no mesɛn ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa, na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mihyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokware kwan sɛ menkɔware me wura ne nua ba memma ne ba no. Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔe adi no nokware a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennan memfa nifa anaa benkum. Ɛnna Laban ne Betuel buae sɛ: AWURADE na asɛm yi fi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo. Hwɛ, Rebeka na ogyina w'anim yi, fa no kɔ ma ɔnkɔyɛ wo wura ba yere, sɛnea AWURADE aka no. Na Abraham somfo no tee wɔn nsɛm no, ɔkotow fam sɔree AWURADE. Na ɔsomfo no yii dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntade de maa Rebeka; na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nuammarima ne ne na. Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii, na wɔnomee, na wɔdaa hɔ. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkae sɛ: Munnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn. Na ne nua ne ne na kae sɛ: Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn da tiaa bi sɛ dadu ansa na woakɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsianka me, efisɛ AWURADE ama m'akwantu no asi me yiye. Munnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn. Na wose: Ma yɛmfrɛ ababaa no mmisa n'ankasa. Na wɔfrɛɛ Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ anaa? Na ose: Mɛkɔ. Na wogyaa wɔn nua Rebeka ne ne gyigyefo ne Abraham somfo no ne ne nnipa no kwan. Na wohyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabea, dan ɔpedu ahorow mpem, na w'asefo mfa wɔn atamfo apon nni. Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtenatenaa yoma no so dii ɔbarima no akyi, na ɔsomfo no de Rebeka sii kwan so. Na Isak fi Lahairoi abura ho bae, efisɛ ɔte negeb asase so. Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n'ani so hwɛɛ, na hwɛ, yoma reba. Na Rebeka maa n'ani so, na ohuu Isak no, ofii yoma no so sii fam, na ɔka kyerɛɛ ɔsomfo no sɛ: Ɔbarima bɛn na ɔnam wura mu rebehyia yɛn yi? Na ɔsomfo no se, ɛyɛ me wura. Na ɔfaa ne nkataanim de kataa n'anim. Na ɔsomfo no kaa nea ɔyɛe no nyinaa kyerɛɛ Isak. Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntamadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ ne yere, na ɔdɔ no, na Isak werɛkyekyee ne na wu akyi. Na Abraham waree yere bio, a ne din de Ketura. Na ɔwoo Simran ne Yoksan ne Medan ne Midian ne Isbak ne Sua maa no. Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurim ne Letusim ne Leummim. Na Midian mma ne Efa ne Efer ne Hanok ne Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma. Na Abraham de nea ɔwɔ nyinaa maa Isak. Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so. Na Abraham nna a odii si mfe ɔha aduɔsɔn anum. Na Abraham gyaa ne honhom mu, na owui dwen pa mu, na wabɔ akwakoraa, na onyaa mfe pii na otiw ne nkurɔfo wɔ asamando. Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela bodan mu, wɔ Hetini Efron, Sohar ba, afuw no mu, wɔ Mamre ntentenso, afuw a Abraham tɔe wɔ Het mma nsam no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho. Na eyi ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awo ntoatoaso: Na eyi ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awo ntoatoaso no: Ismael abakan ne Nebaiot wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam, Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedma. Eyinom ne Ismael mma, na eyinom ne wɔn din, sɛnea wɔn nkuraa ne wɔn nsraban te, atitiriw dumien ne wɔn aman. (Na Ismael nkwa mu mfe a odii ni: Mfirihyia ɔha aduasa asɔn. Na ogyaa mu, na owui, na otiw n'agyanom wɔ asaman). Na wɔtenae fi Hawila kosii Sur a ɛwɔ Misraim ntentenso de rekɔ Asiria. Na ɔne ne nuanom antumi antena asomdwoe mu. Na eyinom ne Abraham ba Isak awo ntoatoaso: Abraham woo Isak. Na Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ofi Mesopotamia ne Aramni Laban ne nua. Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee. Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman abien na ɛwɔ wo yam, na nnipa baanu a wobɛwo wɔn no, bɛtetew wɔn ho mu, afi wo yafunu mu. Na ɔman no biako bedi biako so, na ɔpanyin no bɛsom akumaa no. Na ne nna duu so sɛ ɔbɛwo no, na hwɛ, nta wɔ ne yam. Na nea odi kan fi bae no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ nwi kusuu. Enti wɔtoo no din, Esau. Na ɛno akyi no, ne nua no fi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia. Na mmofra no nyinii, Na Esau yɛ onipa a waben yiye wɔ ahayɔ mu ne ɔhamuni, na Yakob de, ɔyɛ onipa a odwo a ɔte ntamadan mu. Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka de ɔdɔ Yakob. Na Yakob noaa aduan bi, na Esau fi wuram bae no, na wabrɛ. Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me ade kɔkɔɔ yi bi minni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom ) Na Yakob kae sɛ: Tɔn wo panyin ma me nnɛ. Na Esau kae sɛ: Hwɛ, owu na merebewu yi, na ɔpanyin yi bɛyɛ me dɛn? Na Yakob kae sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panyin maa Yakob. Ɛnna Yakob maa Esau abodoo ne asɛdua a wɔanoa no bi; na odidi nomee, na ɔsɔre kɔɔ ne kwan. Na sɛnea Esau ammu ne panyin ne no. Na ɔkɔm baa asase no so, ɛsono ɔkɔm a ɛbae Abraham bere so no. Na Isak kɔɔ Filistifo hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar. Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsian nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ wo yi so. Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina. Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ Abraham tiee me nne, na odii me nsiesiei, me mmara nsɛm, m'ahyɛde, ne me mmara so. Na Isak tenaa Gerar. Na ɛhɔfo no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkae sɛ: Me nua ne no. Na osuroe sɛ, ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, efisɛ ose: anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafo bekum me; efisɛ ne ho yɛ fɛ. Na ɔkyɛɛ hɔ no, Filistifo hene Abimelek hwɛɛ mfɛnsere mu hui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe. Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wuse: Ɔyɛ me nua? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ mise: anyɛ saa a, ne nti mewu. Na Abimelek se: Ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Ɛkaa kumaa bi na anka ɔman yi muni bi ne wo yere dae, na anka wode mmusu aba yɛn so. Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfo nyinaa sɛ: Nea ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, owu na obewu. Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no. Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho na ɔyɛɛ kɛse kosii sɛ ɔyɛɛ kɛse pa ara. Na onyaa nguankuw, ne anantwikuw, ne nkoa pii. Na Filistifo ani beree no. Na nsubura a n'agya Abraham nkoa tutui n'agya bere so no, Filistifo sisiw ne nyinaa de dɔte hyehyɛɛ no mama. Na Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: Fi yɛn nkyɛn kɔ, na wowɔ tumi dodo sen yɛn. Na Isak siim fii hɔ kosisii ne ntamadan wɔ Gerar bon mu, na ɔtenaa hɔ. Na Isak san titii nsubura a n'agya Abraham bere so wotutui a Abraham wu akyi Filistifo sisiwii no mu, na ɔtotoo no din sɛnea n'agya totoe no ara. Na Isak nkoa funuu obon no mu, na wohuu nsupa abura wɔ hɔ. Na Gerar mmoahwɛfo ne Isak mmoahwɛfo dii so aperepere kae sɛ: Nsu no yɛ yɛn dea! Enti ɔfrɛɛ abura no din Esek, ase ne: ɔham, efisɛ wɔne no hamee. Na wotuu asubura foforo, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna, ase ne: Apereperedi. Na wotutuu hɔ kotuu abura foforo, na ɛno de, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, ase ne: Prama so, na ose: Afei de Awurade atrɛw mu ama yɛn, na yɛadɔ wɔ asase yi so. Na ofii hɔ kɔɔ Beer-seba. Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ. Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔfrɛɛ Awurade din, na osii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ. Na Abimelek ne n'adamfo Ahusat ne ne safohene titiriw Pikol fi Gerar baa ne nkyɛn. Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛdɛn nti na moba me nkyɛn yi? Sɛ motan me, na moapam me afi mo nkyɛn. Na wose: Yɛahu pefee sɛ: Awurade di w'akyi. Na yese: Ma ntam nna yɛn, ɛne wo ntam, na ma yɛne wo mpam, sɛ worenyɛ yɛn bɔne bi; sɛnea yɛanka wo, na yɛayɛ wo papa nko, na yɛagya wo kwan asomdwoe mu no. Afei wone nea Awurade ahyira no. Na ɔtow wɔn pon, na wodidi nomee. Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoe fii ne nkyɛn kɔe. Na da no ara Isak nkoa bae bɛkaa no abura a wotui no ho asɛm sɛ: Yɛato nsu. Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kurow no din de Beer-seba de besi nnɛ yi ara. Na Esau dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babea Yudit ne Hetini Elon babea Basmat. Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow. Bere a na Isak abɔ akwakoraa na n'ani so ayɛ no kusukusu na onhu ade yiye no, ɔfrɛɛ ne ba panyin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na osee no sɛ: Agya, mini. Na ose: Mabɔ akora, na minnim me wuda. Afei fa w’ahayɔde, w’agyan kotoku ne w’agyan kɔ wuram kɔpɛ hanam brɛ me, na noa me akɔnnɔduan sɛnea mepɛ, na fa brɛ me, na minni, na menhyira wo ansa na mawu. Nso Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekokum nam aba. Na Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: Hwɛ, mate sɛ w'agya rekasa akyerɛ wo nua Esau sɛ: Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa me akɔnnɔduan, na minni, na minhyira wo Awurade anim ansa na mawu. Na afei, me ba, tie me nne, sɛnea merehyɛ wo yi: Kɔ nguan no mu kɔkyere mmirekyi mma a woye pa ara abien brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduan memma w'agya sɛnea ɔpɛ; na fa kɔma w'agya, na onni, na onhyira wo ansa na wawu. Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me de, me ho yɛ tromtrom. Ebia m'agya bɛka me ho ahwɛ, na mayɛ n'ani so sɛ osisifo, na mede nnome maba me ho so, na ɛnyɛ nhyira. Ɛnna ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nnome mmra me so, me ba, tie me nne ara, na kɔkyere wɔn brɛ me. Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduan sɛnea n'agya pɛ. Na Rebeka faa ne ba panyin Esau ntade fɛfɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ ɔdan mu de hyɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔde mmirekyi mma no nhoma duraduraa ne nsa ne ne kɔn a ɛho yɛ tromtrom no ho, na ɔde akɔnnɔduan ne abodoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa. Na ɔde kɔɔ n'agya nkyɛn, na ose: M'agya! Na ose: Mini, ɛyɛ wo hena, me ba? Na Yakob ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me, w'abakan Esau, mayɛ sɛnea wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me. Na Isak ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, ɛyɛɛ dɛn na wunyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ose: Efisɛ Awurade wo Nyankopɔn na ɔma ebehyiaa me. Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twiw bɛn me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno. Na Yakob twiw bɛn n'agya Isak, na ɔde ne nsa kaa no hwɛe, na ɔkae sɛ ɛnne no yɛ Yakob nne, na nsa no de, ɛyɛ Esau nsa. Na wanhu no, efisɛ ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau de. Enti ohyiraa no. Na ose: Ampa ara wone me ba Esau anaa? Na ose: Mene no. Na ose: Fa bɛn me, na minni me ba hanam, na menhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na odii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee. Na n'agya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bɛn me befew m'ano ɛ, me ba. Na otwiw bɛn kofew n'ano. Na ohuam n'atade mu hua tiei, na ohyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hua te sɛ afuw a Awurade ahyira so mu hua. Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosu ne asase srade bi, ne aburow ne nsa pii. Aman nsom wo, na nkurɔfo nkotow wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkotow wo. Wɔadome wɔn a wɔdome wo, na wɔahyira wɔn a wohyira wo. Na Isak wiee Yakob nhyira na ofii n'agya nkyɛn, fii adi ara pɛ na ne nua Esau fi n'ahayɔ bae. Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduan de brɛɛ n'agya ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me! Na n'agya Isak bisaa no sɛ, ɛyɛ wo hena? Na ose: Ɛyɛ me, wo ba, w'abakan Esau. Na Isak de ahopopo kɛse pa kae sɛ: Hena mpo ne nea ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na midii ne nyinaa ansa na woreba, na mihyiraa no no? Nso ɔbɛyɛ nea wɔahyira no. Esau tee n'agya nsɛm no, ɔde osu kɛse ne awerɛhow pii teɛɛm dennen ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, hyira me nso bi. Na ose: Wo nua de nnaadaa aba abegye wo nhyira. Na ose: So ne din ne Yakob anaa? Mpɛn abien ni a watoto m'anan mu. Wafa me panyin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ose: So woamfa nhyira bi ansie me? Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburow ne nsa mawowaw no. Na afei wo de, ɛdɛn na menyɛ wo, me ba? Na Esau ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, so nhyira biako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m'agya. Na Esau maa ne nne so sui. Na n'agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a srade nni mu ne nea ɔsoro bosu yɛ so na no so na wobɛtena. Wo nkrante so na wonam bɛtena ase, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ, wobɔ mmɔden kenten wo ho a, wubeyi ne kɔndua afi wo kɔn so. Na Esau tan Yakob wɔ nhyira a n'agya de hyiraa no no nti. Na Esau kae ne koma mu sɛ: Nna a wɔde besu m'agya no yɛ abɛn, na merebekum me nua Yakob. Na wɔkɔkaa ne ba panyin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau kyekye ne werɛ sɛ, ɔrebekum wo. Afei, me ba, tie me nne, na sɔre guan kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran, na tena ne nkyɛn, nna tiaa bi kosi sɛ wo nua anibere no befi ne mu, kosi sɛ wo nua abufuw bɛdan afi wo so, na ne werɛ afi nea woyɛɛ no no, ansa na masoma abɛfa wo wɔ hɔ aba. Na ɛdɛn mpo nti na menhwere mo baanu da koro? Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m'asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom a wɔwɔ ha yi a na memmrɛ ngui ɛ, na mete ase yɛ dɛn? Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere. Sɔre kɔ Mesopotamia, kɔ wo na n'agya Betuel fi, na kɔware wo na ne nua Laban mmabea no bi. Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo; na ɔmfa Abraham nhyira, nhyira wo, wo ne w'asefo a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔho a Onyankopɔn de ama Abraham yi. Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau na Rebeka nuammarima no nkyɛn. Na Esau hui sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yere wɔ hɔ, na ohyiraa no, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere, na Yakob atie n'agya ne ne na, na ɔkɔ Mesopotamia, na Esau hui sɛ Kanaan mmabea nye n'agya Isak ani so no, Esau siim kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babea, Nebaiot nuabea Mahalat kaa ne yerenom no ho. Na Yakob fi Beer-seba siim kɔɔ Haran. Na oduu baabi, na ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, efisɛ owia akɔtɔ, na ɔfaa hɔ abo no bi sumii, na ɔdaa hɔ. Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian. Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ose: Mene AWURADE, w'agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn, asase a woda so yi, mede mɛma wo ne w'asefo. Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa. Na hwɛ, medi w'akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkɔ, na mama woasan aba asase yi so, na merennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ mɛma nea maka makyerɛ wo yi aba mu. Na Yakob nyan fii ne nna mu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me de, manhu. Na osuroe, na ose: ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ: Onyankopɔn fi, na ɛha ne ɔsoro abobow ano. Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔbo a osumii no de yɛɛ odum sii hɔ, na ohwiee ngo guu so. Na ɔfrɛɛ hɔ Betel ase ne: Onyankopɔn fi, nanso kan no na kurow no din de Lus. Na Yakob boaa aboade kae sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bedi m'akyi ahwɛ me so ɔkwan a meretu yi mu, na wama me aduan madi ne atade mahyɛ, na wasan me asomdwoe mu de me aba m'agya fi a, ɛnne AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn. Na ɔbo yi a mede mayɛ odum masi hɔ yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Na nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du. Na Yakob siim kɔɔ apuei fam mma no asase so. Na ohui, na hwɛ, asubura bi wɔ wuram, na hwɛ, nguankuw abiɛsa boaboa ho wɔ hɔ, efisɛ abura no mu nsu na wɔsaw ma nguankuw no nom, na ɔbo kokuroo da abura no ano. Ɛhɔ na wɔboa nguankuw nyinaa ano, na wopirew ɔbo no fi abura no ano, na wɔma nguan no nom, na wopirew ɔbo no to abura no so bio wɔ ne dabere hɔ. Na Yakob see wɔn sɛ: Me nuanom, mufi he? Na wose: Yefi Haran. Na osee wɔn sɛ: Munim Nahor ba Laban anaa? Na wose: Yenim no. Na osee wɔn sɛ: Ne ho ye? Na wose: Ne ho ye, na hwɛ, ne babea Rahel ne nguan na ɛreba yi. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ade nnya nsae koraa ɛ, na ɛbere a wɔboaboa mmoakuw ano nnya nnui ɛ. Momma nguan no nsu nnom, na monkɔ mma wonkodidi. Na wose: Yɛrentumi, gye sɛ wɔaboaboa nguankuw no nyinaa ano, na wɔapirew ɔbo no afi abura no ano ansa na yɛama nguan no anom. Na ɔne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n'agya nguan no bae, efisɛ ɔyɛ oguanhwɛfo. Na Yakob huu ne na ne nua Laban ba Rahel ne ne na ne nua Laban nguan no, otwiw bɛn kopirew ɔbo no fii asubura no ano, na ɔmaa ne na ne nua nguan no nsu nomee. Na Yakob few Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui. Na Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ, ɔyɛ n'agya ne nua, na ɔyɛ Rebeka ba. Na otutuu mmirika kɔka kyerɛɛ n'agya. Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, otutuu mmirika kohyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu few n'ano, na ɔde no baa ne fi. Na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Laban. Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ ɔsram. Na Laban see Yakob sɛ: Sɛ woyɛ me nua nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me nea ɛnyɛ w'akatua. Nso Laban wɔ mmabea baanu, ɔpanyin no din de Lea, na akumaa no din de Rahel. Na Lea aniaba yɛ nketenkete fɛfɛ, na Rahel nso ho yɛ fɛ, na n'anim yɛ nyam. Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkae sɛ: Wo ba akumaa Rahel nti mɛsom wo mfe asɔn. Na Laban se: Eye sɛ mede no mema wo sen sɛ mede no mɛma onipa foforo bi; tena me nkyɛn. Na Rahel nti Yakob somee mfe asɔn, na ɔdɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n'ani so sɛ nna mfuamfua bi. Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na me ne no nna. Na Laban boaboaa kurom hɔfo nyinaa ano, na ɔtow pon. Na anadwofa ɔde ne ba Lea brɛɛ no, na ɔkɔɔ no ho. Nso Laban de n'abaawa Silpa maa ne ba Lea yɛɛ n'abaawa. Na ade kyee no, Yakob hui se; ɛyɛ Lea mmom. Na obisaa Laban sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? So ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Na ɛdɛn nti na woasisi me yi? Ɛnna Laban se: Yɛn ha de, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama. Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, ɔsom a wobɛsom me mfe ason bio ho. Na Yakob yɛɛ saa, na odii ne nkyɛn nnawɔtwe no. Na ɔde ne ba Rahel maa no aware. Na Laban de n'abaawa Bilha maa ne ba Rahel yɛɛ n'abaawa. Na ɔne Rahel dae, na ɔdɔ Rahel sen Lea, na ɔsom no mfe ason bio. Na AWURADE hui sɛ wɔtan Lea no, obuee ne yam, na Rahel de, ɔyɛɛ obonin. Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Ruben, ase ne: Monhwɛ babanin, na ose: AWURADE ahwɛ m'amane, na afei de, me kunu bɛdɔ me. Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ɔkae sɛ: AWURADE ate sɛ wɔtan me nti na ɔde oyi nso ama me. Na ɔtoo no din Simeon ase ne: Otie. Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ose: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi. Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ose: Eyi de meyi AWURADE ayɛ. Enti ɔtoo no din Yuda ase ne: Ayeyi. Na n'awo mu twee. Na Rahel hui sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabea no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu. Na Yakob bo fuw Rahel bisaa no sɛ: So misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa? Na ose: Hwɛ, m'afenaa Bilha ni, kɔ ne ho, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso minnya ne ho mma. Na ɔde n'abaawa Bilha maa no aware, na Yakob kɔɔ ne ho. Na Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Yakob. Na Rahel kae sɛ: Onyankopɔn adi m'asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan, ase ne: ɔsennifo. Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima a ɔto so abien maa Yakob. Na Rahel kae sɛ: Ako akɛse na me ne me nuabea adi, nso matumi no. Na ɔtoo no din Naftali, ase ne: M'akodi. Na Lea hui sɛ n'awo mu atwe no, ɔde n'abaawa Silpa maa Yakob aware. Na Lea abaawa Silpa woo babarima maa Yakob. Na Lea kae sɛ: Aba yiye. Na ɔtoo no din Gad, ase ne: Yiyedi. Na Lea abaawa Silpa woo babarima a ɔto so abien maa Yakob. Na Lea kae sɛ: M'ahotɔ ni! Na mmea bɛfrɛ me nea wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser, ase ne: Nhyira. Na awi twabere mu no, Ruben fii adi kohuu mandrake wɔ wuram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu, na worebegye me ba Dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba mandrake no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi. Na anwummere a Yakob fi wuram reba no, Lea fii adi kohyiaa no kae sɛ: Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no dae anadwo no. Na Onyankopɔn tiee Lea, na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima a ɔto so anum maa Yakob. Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m'abaawa mama me kunu aware. Na ɔtoo no din Isakar, ase ne: Akatua ni. Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima a ɔto so asia maa Yakob. Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛde pa, afei de, me kunu ne me bɛtena yiye, efisɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon, ase ne: Atenaye. Na ɛno akyi no, ɔwoo ɔbabea, na ɔtoo no din Dina. Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na obuee ne yam. Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ose: Onyankopɔn ayi m'ahohora. Na ɔtoo no din Yosef, ase ne: Awurade, mma me ɔba foforo nka ne ho. Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m'asase so. Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesom wo no ma me, na wo ara wunim me som a masom wo. Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma minnya w'anim anuonyam, na mahu sɛ wo nti Awurade ahyira me. Na ose: Kyerɛ me w'akatua a wugye me, na mɛma. Na ose: Wo ara wunim sɛnea masom wo mafa ne sɛnea wo mmoakuw ayɛ wɔ m'ase, efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso? Na ose: ɛdɛn na memma wo? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama me de a, mɛsan mabɛyɛn wo nguan na mahwɛ wɔn: ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nguan nyinaa mu, na mayiyi emu nguan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, ne nguammiri nyinaa, wɔ nguanten mu, ne mmirekyi mu nworannworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m'akatua. Na daakye bi a wobɛka m'akatua ho asɛm no, me trenee abua ama me wɔ w'anim. Mmirekyi no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworannworan, ne nguanten no mu nea ɔnyɛ oguammiri no, ma wommu no awifode wɔ me nsam. Na Laban se: Hwɛ, ma ɛnyɛ sɛnea woka yi ɛ! Na da no ara oyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworannworan, ne mmirekyibere a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, obiara a fufu wɔ ne ho, ne nguanten no mu nguammiri nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa. Na ɔde nnansa kwan too ɔno ne Yakob ntam, na Yakob yɛn Laban nguan a ɛkae no. Na Yakob faa ɔsɛsɛ dua ne ɔfowa dua ne ɔkyɛnkyɛn dua mmaa momono, na oyiyii ho nsama fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifii adi. Na ɔde mmaa a oyiyii ho no guu anomee adaase a nguan no rebɛnom mu nsu no mu wɔ nguan no anim, na wɔba nsunom a, wɔayenyem so. Na nguan no yenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworannworan. Na Yakob yiyii nguammaa no, na ɔde nguan no ani kyerɛɛ Laban nguan no mu nsensannsensan ne nguammiri nyinaa. Na ɔyɛɛ n'ankasa nguankuw nko wɔ afa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nguan no mu. Na sɛ daa nguan a wɔn ho yɛ den no yenyem a, Yakob de mmaa no kogu adaase no mu wɔ nguan no anim, na wɔayenyem mmaa no so. Na nguan no yɛ nofonofo de a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛw no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea. Na ɔbarima no yɛɛ kɛse pa ara, na onyaa nguan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum. Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkae sɛ: Yakob afa nea ɛyɛ yɛn agya de nyinaa; eno na ɔde anya saa anuonyam yi nyinaa. Na Yakob huu Laban anim, na hwɛ, ɛnte sɛnea ɛte kan no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: San kɔ w'agyanom asase so ne w'abusua mu, na medi w'akyi. Na Yakob soma kɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wuram wɔ ne nguan no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mihu mo agya anim sɛ ɛnte sɛnea ɛte kan no; nanso m'agya Nyankopɔn adi m'akyi. Na mo ara munim sɛ m'ahoɔden nyinaa na mede asom mo agya, na mo agya asisi me adan m'akatua ani mpɛn du; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne bi. Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo nsensannsensan. Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuw ama me. Na bere a nguan no reforoforo wɔn ho na wɔayem no, memaa m'ani so na mihui wɔ ɔdae mu, na hwɛ, mpapo a na wɔreforo mmirekyi no ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan. Na Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ me ɔdae mu sɛ: Yakob! Na mise: Mini. Na ɔkae sɛ: Ma w'ani so hwɛ, adwennini a wɔreforo nguan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan, na mahu nea Laban ayɛ wo nyinaa. Mene Nyankopɔn a wuhyiaa no Betel a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ wɔ hɔ maa me no; afei sɔre fi asase yi so, na san kɔ w'abusua asase so. Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: So yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapade bi wɔ yɛn agya fi anaa? So ommu yɛn ahɔho anaa? Esiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn ti sika awie, na ahonyade a Onyankopɔn gyei yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ wo nyinaa. Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so, na ɔfaa ne mmoakuw nyinaa ne n'ahode a onyae nyinaa, ne mmoakuw a onyae wɔ Mesopotamia no, siim sɛ ɔrekɔ n'agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi. Na Yakob wiaa ne ho guan efisɛ wankra Aramni Laban Na ɔne nea ɔwɔ nyinaa guanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n'ani kyerɛɛ Gilead bepɔw. Na da a ɛto so abiɛsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ: Yakob aguan. Na ɔfaa ne nkurɔfo kaa ne ho tiw no nnansɔn kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔw so. Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo dae mu sɛ: Hwɛ yiye na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntamadan wɔ bepɔw no so, na Laban ne ne nkurɔfo nso sii wɔn de Gilead bepɔw so. Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, ɛdɛn na woayɛ yi, sɛ woadaadaa me, na woasoa me mmabea kɔ sɛ, wɔn a wɔde nkrante afa wɔn nnommum yi? Adɛn nti na woahintaw aguan, na woawia wo ho afi me nkyɛn, na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigye ne nnwom, mpintin ne asanku mannya wo kwan? Adɛn na woamma mamfew me mmammarima ne me mmabea ano? Eyi de, woadi no nkwasea so. Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnɛra anadwo no, mo agya me Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yiye, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. Na afei de, mahu sɛ pɛ ara na wopɛ sɛ wokɔ, efisɛ gyina na w'ani agyina w'agya fi; na ɛdɛn nti na woawia m'anyame? Na Yakob bua see Laban sɛ: Misuroe, efisɛ misusuwii sɛ wubegye wo mmabea afi me nsam. Na nea wubehu w'anyame wɔ ne nsam no rentena ase. Yɛn nkurɔfo yi anim na hwehwɛ nea ɛyɛ wo de wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ, Rahel na owiae. Na Laban kɔɔ Yakob ntamadan mu ne Lea ntamadan ne mfenaa baanu no ntamadan mu, nanso wanhu. Na ofi Lea ntamadan mu kɔɔ Rahel ntamadan mu. Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so agua mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntamadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhu. Na ɔka kyerɛɛ n'agya sɛ: Mma ɛnnyɛ me wura abufuw sɛ mintumi mensɔre wɔ w'anim, efisɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe, pɛe, pɛe, nanso wanhu ahoni no. Na Yakob bo fuwii, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomso ne dɛn, na me bɔne ne dɛn sɛ wutiw me ɔhyew so sɛɛ yi? Sɛ worebɛhwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, wo fi mu ade bɛn na woahu wɔ mu? Saa, fa bɛto me nkurɔfo ne wo nkurɔfo anim wɔ ha, na wommu yɛn baanu ntam atɛn. Mfirihyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nguammere ne wo mmirekyi ampɔn, na wo nguan mu adwennini nso, manni bi. Wɔn a mmoa kum wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na mituaa so ka. Nea wowiaa no awia ne nea wowiaa no anadwo, me nsam na wubisae. Sɛɛ na ɛyɛɛ me ni: Ahohuru dee me awia, na awɔw dee me anadwo, na m'ani saree dwe. Saa na midii wo fi mfirihyia aduonu. Wo mmabea baanu ho mesom wo mfe dunan, ne wo mmoakuw ho nso mfe asia, na wodan m'akatua ani mpɛn du. Sɛ m'agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Isak suro annyina m'akyi a, anka afei wugyaa me kwan nsapan. M'amane ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hui, na ɔkaa w'anim nnɛra anadwo. Na Laban bua see Yakob sɛ: Mmabea yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nguan yi, me nguan a, na nea wuhu yi nyinaa, me dea. Na me mmabea yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, menyɛ wɔn dɛn nnɛ? Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanse. Na Yakob faa ɔbo de yɛɛ odum sii hɔ. Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: Mommoaboa abo ano! Na wɔtasee abo yɛɛ no kuw; na wodidii wɔ kuw no so hɔ. Na Laban frɛɛ hɔ Yegar-sahaduta, ase ne: Adansekuw, na Yakob de, ɔfrɛɛ hɔ Galeed. Na Laban kae sɛ: Kuw yi ne me ne wo ntam adanse nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed, ase ne: Adansekuw, ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam. Sɛ woteetee me mmabea, na woware yerenom ka me mma ho a, hwɛ obi nka yɛn ho de nanso, Onyankopɔn ne me ne wo ntam dansefo. Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuw yi, na hwɛ odum a mama so masi me ne wo ntam nso yi. Ekuw yi ne adanse, na odum yi ne adanse, sɛ me de, merentwa ekuw yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worentwa ekuw yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne. Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam. Na Yakob bɔɔ afɔre wɔ bepɔw no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfo sɛ, wommedidi; na wodidii, na wɔtenaa bepɔw no so anadwo no. Na Laban sɔree anɔpatutu, na ofew ne nenanom ne ne mmabea no ano hyiraa wɔn, na osiim, san kɔɔ ne kurom. Na Yakob sii ne kwan so. Na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no. Na Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn asafo ni. Na ɔtoo hɔ din: Mahanaim. Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛnea monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W'akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abedu sesɛɛ, na manya anantwi ne mfurum, nguan ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, na manya w'anim dom. Na abɔfo no san baa Yakob nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abehyia wo. Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ: Sɛ Esau ba kuw biako so bekum wɔn a, ekuw a ɛbɛka no benya ɔkwan aguan. Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no, w'adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w'akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien. Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa. Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan. Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau; mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu, yoma a wɔma nufu ne wɔn mma aduasa, anantwibere aduanan ne anantwinini du, mfurummere aduonu ne mfurum anini du. Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan. Na ɔhyɛɛ nea odi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau behyia wo, na obisa wo sɛ: Hena nipa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na eyinom a edi w'anim yi yɛ hena dea? Ka kyerɛ no sɛ: W'akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛde a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi. Na ɔhyɛɛ nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoakuw no akyi nyinaa nso sɛ: Sɛ mukohu Esau a, monka asɛm yi nkyerɛ no. Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim. Na ayɛyɛde no sen dii n'anim; na ɔno de, ɔtenaa nsra no mu anadwo no. Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree. Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa nea ɔwɔ nyinaa twae. Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee koduu adekyee. Na ɔbarima no hui sɛ ontumi no no, ɔkaa n'asen so tokuru mu, na Yakob dwonku huanee tentam a ɔne no tentamee no mu. Na ɔbarima no kae sɛ: Ma menkɔ, na ade rekye. Na Yakob se: Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me. Na obisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Yakob. Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi. Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ose ɛdɛn nti na wubisa me din? Na ohyiraa no wɔ hɔ. Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa. Otwaa mu wɔ Peniel, bere a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahuan no nti. Enti Israelfo nni ntini a ɛwɔ asen mu akwaa tokuru mu no de besi nnɛ, efisɛ ɔkaa Yakob dwonku tokuru mu, n'asen mu ntini no so. Na Yakob maa n'ani so hui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no. Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyiri. Na ɔno ankasa de, ɔsen dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mpɛn ason de kosii sɛ oduu ne nua no nkyɛn. Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n'ano, na wosui. Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa. Na mmaawa no twiw bɛnee, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase. Na Lea nso ne ne mma twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase, na akyiri no Yosef ne Rahel twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase. Na ɔkae sɛ: Na ɛdɔm a mihyiaa wɔn yi ase ne dɛn? Na ose: Sɛ ɛbɛyɛ na menya me wura anim dom. Na Esau kae sɛ: Nea mewɔ dɔɔso, me nua, ma wo de ntena hɔ mma wo. Na Yakob kaa se: Dabida, mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, gye m'ayɛyɛde a ɛwɔ me nsam yi, na w'anim a mahu yi te sɛ obi hu Nyankopɔn anim, efisɛ w'ani asɔ me. Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ wo yi, efisɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ogyei. Na ɔkae sɛ: Ma yensim nkɔ, na minni w'anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛw ne nguan ne anantwi a wɔma nufu ka me ho, na sɛ wopia wɔn dodo da koro a, nguankuw no nyinaa bewuwu. Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir. Na Esau kae sɛ: Ma minnyaw wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ose: Na wɔnyɛ dɛn? Ma minnya me wura anim dom. Ɛnna Esau san da no ara sii kwan so kɔɔ Seir. Na Yakob siim kɔɔ Sukot, na osii dan wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa; enti wɔfrɛ hɔ Sukot, ase ne: Asese. Na Yakob fii Mesopotamia no, ɔnam beduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu dwoodwoo, na osisii ne ntamadan wɔ kurow no anim. Na ɔtɔɔ asase a osii ne ntamadan wɔ so no wɔ Sekem n'agya Hamor mma nkyɛn, nnwetɛbona ɔha. Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-Elohe-Israel, ase ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn. Na Lea babea Dina a ɔwoo no maa Yakob no fii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmea. Na asase no so otitiriw Hewini Hamor ba Sekem huu no no, ɔkyeree no, too no mmonaa guu ne ho fi. Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam. Na Sekem ka kyerɛɛ n'agya Hamor sɛ: Kogye ababaa yi aware ma me. Na Yakob tee sɛ wahyɛ ne babea Dina ne no ada no; nso na ne mmammarima wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wuram, enti Yakob yɛɛ komm de kosii sɛ wɔbaa fie. Na Sekem n'agya Hamor fii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa. Na Yakob mmammarima tee no, wofii wuram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no yaw, na wɔn bo fuwii pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babea akɔda, ade a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Na Hamor ne wɔn kasae sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babea no ho, mesrɛ mo, momfa no mma no aware. Na mo ne yɛn nni ayeware, na momfa mo mmabea mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmabea. Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so ade. Na Sekem ka kyerɛɛ, Dina n'agya ne ne nuanom sɛ: Momma minnya mo anim dom, na biribiara a mubese me no, mɛma. Munnye me tiade dodow ne akyɛde biara, na biribiara a mubese me no, mɛma, na momfa ababaa no mma me aware. Na Yakob mmammarima no kasae de nnaadaa buaa Sekem ne n'agya Hamor, efisɛ wagu wɔn nuabea Dina ho fi, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrentumi saa ade yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, efisɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn. Na eyi mu nko na yɛbɛpene mo, sɛ mobɛdan ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwa mo mu mmarima nyinaa twetia. Ɛno na yɛde yɛn mmabea bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmabea nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman koro. Na sɛ moantie yɛn, na moantwa twetia a, ɛnne yɛbɛfa yɛn babea akɔ. Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne Hamor ba Sekem ani, sɛ ɔbɛyɛ saa ade no, efisɛ Yakob babea no sɔ n'ani, na ɔwɔ anuonyam sen n'agya fifo nyinaa. Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kurow abobow ano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasae sɛ: Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoe mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim haharaa. Momma yɛmfa wɔn mmabea nware, na yɛmfa yɛn mmabea nso mma wɔn. Na eyi nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman koro: sɛ yɛn mu mmarima nyinaa betwa twetia, sɛnea wɔatwa no. So wɔn mmoa ne wɔn ahonyade ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene wɔn ara, na wɔne yɛn ntena. Na wɔn a wɔnam Hamor kurow pon ano fi adi nyinaa tiee no, ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kurow pon ano fi adi nyinaa twitwaa twetia. Na da a ɛto so abiɛsa a ne yaw kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fofaa wɔn nkrante kɔɔ kurow no so mpofirim kokum mmarima nyinaa. Na wɔde nkrante kum Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina fii Sekem fi hɔ bae. Yakob mmammarima no baa atɔfo no so bɛfow kurow no mu nneɛma, efisɛ wɔagu wɔn nua ho fi. Wɔn nguan, anantwi ne wɔn mfurum ne nea ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ mfuw mu no, wɔfae, ne wɔn ahode nyinaa, wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum, fow nea ɛwɔ fie nyinaa. Na Yakob ka kyerɛɛ, Simeon ne Lewi sɛ: Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so, Kanaanfo ne Perisifo. Na me de, meyɛ asafo a misua yi, wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba me so abekum me, na wɔasɛe me ne me fi. Na wose: So ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo anaa? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no. Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade. Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no. Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafo a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na Yakob de koraa dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase. Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no. Na Yakob ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa duu Lus a ɛwɔ Kanaan asase so a ɛne Betel. Na osii hɔ afɔremuka, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ase ne: Betel Nyankopɔn, efisɛ da a ɔreguan afi ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no. Na Rebeka gyigyefo Debora wui, na wosiee no Betel anafo fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo no din Alonbakut. Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ofii Mesopotamia bae no mu, na ohyiraa no. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo ne din Israel. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba. Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn. Na Onyankopɔn fii ne nkyɛn wɔ nea ɔne no kasae hɔ kɔɔ ɔsoro. Na Yakob de odum sii nea ɔne no kasae hɔ, ɔbodum, na ohwiei ɔnom afɔre guu so, na ɔde ngo guu so. Na Yakob frɛɛ nea ɔne Nyankopɔn kasae hɔ Betel. Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no. Na n'awo no mu yɛɛ den no, awogyefo no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na eyi nso wobɛwo babarima. Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Benoni, ase ne: M'amanehunu ba, na n'agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin ase ne: Ahotɔ ba. Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de besi nnɛ. Na Israel tutu kosii ne ntamadan wɔ Eder abantenten akyi no ho. Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee. Nso Yakob mmammarima si dumien; Lea mma ne Ruben Yakob abakan ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon. Rahel mma ne Yosef ne Benyamin. Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali. Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn maa no wɔ Mesopotamia. Na Yakob baa n'agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba a ɛne Hebron, nea Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no. Na Isak nna nyinaa si mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe. Na Isak gyaa mu, na owui, na otiw ne nananom kɔɔ asamando, na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no. Na eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no awo ntoatoaso: Esau waree Kanaanfo mmea: Hetini Elon babea Ada ne Hewini Sibeon ba Ana babea Ohlibama, ne Ismael babea Basmat, Nebaiot ne nuabea. Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so. Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmabea ne ne fifo nyinaa ne ne mmoa ne n'anantwi nyinaa ne n'ahonyade a onyae wɔ Kanaan asase so nyinaa, na ofii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so. Efisɛ wɔn ahonyade dɔɔso sen nea wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔho no, wɔn mmoa dodow nti na wɔnsen so. Na Esau a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔw so. Na eyinom ne Edomfo agya Esau, a ɔte Seir bepɔw so no awo ntoatoaso: Esau mmammarima din ni: Esau yere Ada ba Elifas, Esau yere Basmat ba Reuel. Na Elifas mma ne Taman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. Na Timna yɛ Esau ba Elifas yefam, no ɔwoo Amalek maa Elifas; eyinom ne Esau yere Ada mma. Na eyinom ne Reuel mma: Nahat ne Sera, Sama ne Misa; eyinom ne Esau yere Basmat mma. Na eyinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babea no, mma: ɔwoo Yeus ne Yalam ne Kora maa Esau. Eyinom ne Esau mma mu atitiriw: Esau abakan Elifas mma: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, Kora, Gatam ne Amalek. Eyinom ne Elifas atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Ada mma. Na eyinom ne Esau ba Reuel mma: Atitiriw Nahat, Sera, Sama, ne Misa. Eyinom ne Reuel atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Esau yere Basmat mma. Na eyinom ne Esau yere Oholibama mma: Atitiriw Yeus, Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitiriw no. Eyinom ne Esau mma, na eyinom ne wɔn atitiriw no; ɔne Edom. Eyinom ne Horini Seir mma asase no sofo: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Eyinom ne Horifo a wɔyɛ Seir mma a wɔte Edom asase so no atitiriw. Na Lotan mma ne Hori ne Heman, na Lotan ne nuabea ne Timna. Na eyinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. Na eyinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n'agya Sibeon mfurum no, a ohuu nsuɔhyew aniwa wɔ sare so no. Na eyinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, Ana babea. Na eyinom ne Dison mma: Hemdan Esban, Itran ne Keran. Eyinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan. Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran. Eyinom ne Horifo atitiriw: Atitiriw Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser, ne Disan. Eyinom ne Horifo atitiriw a wɔyɛɛ wɔn atitiriw wɔ Seir asase so. Eyinom ne ahene a wodii Edom asase so ansa na obi dii Israel mma so hene. Na Bela, Beor ba, dii Edom hene, na ne kurow din de Dinhaba. Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ofi Bosra bedii n'ade. Na Yobab wui, na Husam a ofi Teman asase so bedii n'ade. Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a okum Midian wɔ Moab petee mu no bedii n'ade, na ne kurow din de Awit. Na Hadad wui, na Samla a ofi Masreka bedii n'ade. Na Samla wui, na Saul a ofi Rehobot a ɛda asu no ho no bedii n'ade. Na Saul wui, na Akbor ba Baal-hanan bedii n'ade. Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bedii n'ade. Na ne kurow din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babea Matred babea. Na eyinom ne Esau atitiriw no din, sɛnea wɔn mmusuakuw, wɔn tenabea ne wɔn din te: Atitiriw Timna, Ahoa, Yetet, Oholibama, Ela, Pinon, Kenas, Teman, Mibsar, Magdiel, ne Iram. Eyinom ne Edom a ɔne Esau, Edomfo agya no atitiriw, sɛnea wɔn tenabea te wɔ asase a wonyae no so. Na Yakob tenaa asase a n'agya yɛɛ so hɔho a ɛne Kanaan asase no so. Na eyinom ne Yakob awo ntoatoaso: Yosef dii mfirihyia dunsɔn no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nguan; na aberantewa no ne n'agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛbɔ wɔn dimmɔne kyerɛ n'agya. Na esiane sɛ: Yosef yɛ ne nkwakoraa bere mu ba nti, Israel dɔ no sen ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛɛfɛ bi maa no. Na ne nuanom hui sɛ wɔn agya dɔ no sen wɔn anuanom nyinaa no, wokyii no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa. Na Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom, na wokyii no sen kan no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie ɔdae a maso yi: Na hwɛ, yɛrekyekyere awi afiafi wɔ afum, na hwɛ, me afi no sɔre gyinae kyerebenn, na hwɛ, mo afiafi atwa ho ahyia, na ɛkotow me afi no. Na ne nuanom no ka kyerɛɛ no sɛ: So odi na wubedi yɛn so hene? Anaasɛ ɔhyɛ na wobɛhyɛ yɛn so? Na ne dae ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tan no pii. Na ɔsoo dae foforo bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso dae bio, na hwɛ, owia ne ɔsram ne nsoromma dubiako akotow me. Na ɔka kyerɛɛ n'agya ne ne nuanom no, n'agya kaa n'anim sɛ ɔdae bɛn na woaso yi? So ɔba na me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkotow fam wɔ w'anim? Na ne nuanom ani beree no; na n'agya de, ɔde asɛm no siei. Na ne nuanom kɔhwɛɛ wɔn agya nguan wɔ Sekem. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Wo nuanom yɛn nguan wɔ Sekem. Bra na mensoma wo, wɔn nkyɛn. Na ose: Mini. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no fii Hebron bon mu, na okoduu Sekem. Na ɔbarima bi huu no, na hwɛ, ɔrewɔ wuram ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wohwehwɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nuanom na merehwehwɛ wɔn; mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wɔyɛn wɔn mmoa no. Na ɔbarima no se: Wɔatutu afi ha; na metee sɛ wɔkae sɛ: Momma yɛnkɔ Dotan. Na Yosef tiw ne nuanom, na okohuu wɔn wɔ Dotan. Na wohuu no wɔ akyirikyiri. Na onnya nnuu wɔn nkyɛn no, wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaesofo no na ɔreba no. Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie. Na Ruben tee no, ogyee no fii wɔn nsam kae sɛ: Mommma yennkum no. Na ose: Munnhwie mogya nngu, na momfa no nto sare so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔyɛɛ saa na anka wayi no afi wɔn nsam de no asan akɔma n'agya. Na Yosef duu ne nuanom nkyɛn no, wɔworɔw n'atade, ne batakari fɛfɛɛfɛ a ɔhyɛ no, na wɔde no kɔtoo abura no mu. Nso abura no da mpan, nsu nni mu. Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, na hwɛ, Ismaelfo akwantufo kuw bi a wofi Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso aduhuam ne akyenkyennuru ne kurobow reba. Na Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Sɛ yekum yɛn nua na yesiw ne mogya so a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfo no, na mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, efisɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no. Na Midianfo aguadifo bi bɛsenee. Na wɔtwetwee Yosef yii no fii abura no mu, na wɔtɔn Yosef maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Ruben san baa abura no so, na hwɛ, Yosef nni abura no mu. Na osunsuanee ne ntade mu, na ɔsan baa ne nuanom nkyɛn bɛkae sɛ: Abofra no nni hɔ, na afei de, dɛn na menyɛ? Na wɔfaa Yosef atade no, na wokum ɔpapo bi, na wɔde atade no bɔɔ mogya no mu. Na wɔsoma ma wɔde batakari fɛfɛ no brɛɛ wɔn agya bɛkae sɛ; Eyi na yɛahu, hwɛ sɛ wo ba no atade ni anaa? Na ɔhwɛe no, ɔkae sɛ ɛyɛ me ba atade a! Aboa bɔne bi na awe no, ampa ara wɔatetew Yosef mu. Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe. Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n'agya suu no. Na Midianfo no kɔtɔn no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n'ankɔbeafo so panyin no. Na ɛbae sɛ, bere no ara mu, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn. Na Yuda huu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua, babea bi wɔ hɔ, na ɔwaree no ne no dae. Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Er. Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Onan. Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Sela. Na ɔwoo no no, na ɔwɔ Kesib. Na Yuda waree yere bi a wɔfrɛ no Tamar maa n'abakan Er. Na Yuda abakan Er yɛɛ bɔne AWURADE anim, na AWURADE kum no. Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa no kunabea, na wo mma ma wo nua. Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, enti sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho nsu no gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua no. Na nea ɔyɛe no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti okum ɔno nso. Na afei Yuda ka kyerɛɛ n'ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w'agya fi kosi sɛ me ba Sela benyin. Efisɛ ose: anyɛ saa a, ɔno nso bewu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔe kɔtenaa n'agya fi. Na ɛkyɛe kyɛe no, Sua babea, Yuda yere no, wui. Na Yuda werɛ kyekyee no, ɔne n'adamfo Hira Adulamni no kɔɔ ne nguan ho twitwafo nkyɛn wɔ Timnat. Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, wo asew rekɔ Timnat akotwitwa ne nguan ho. Na oyii ne kuna atade fii ne ho, na ɔde nkataanim kataa n'anim, na ɔbobɔw ne ho, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, efisɛ wahu sɛ Sela anyin, na wɔamfa no amma no aware. Na Yuda huu no no, esiane sɛ wakata n'anim nti, obuu no sɛ oguamanfo. Na ɔman kɔɔ ne nkyɛn ɔkwan no ho se: Ma me ne wo nkɔda ɛ, nso onnim sɛ n'ase a. Na ose: Dɛn na wobɛma me na wo ne me ada? Na ose: Mɛma wɔde aberekyi ba afi nguan mu abrɛ wo. Na ose: Ɛnne si me awowa kosi sɛ wode bɛba. Na ɔkae sɛ: Dɛn na memfa minsi wo awowa? Na ose: Wo nsɔanokaa ne wo hama ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔne no dae, na onyinsɛnee. Na ɔsɔree, na ɔkɔe, na oyii ne nkataanim fii ne ho, na ɔhyɛɛ ne kuna atade no. Na Yuda de aberekyi ba no maa n'adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkogye n'awowade no wɔ ɔbea no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no. Na obisaa kurom hɔfo sɛ: Oguamanfo a ɔte Enaim kwan ho no wɔ he? Na wose: Oguamanfo bi nni ha. Na ɔsan baa Yuda nkyɛn bɛkae sɛ: Manhu no, nanso kurom hɔfo se: Oguamanfo bi nni hɔ. Na Yuda se: Ma ɔmfa, na yɛn ani anwu. Hwɛ, mama wode aberekyi ba yi akɔma no, na woanhu no. Na ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W'ase Tamar abɔ aguaman, nanso hwɛ, wanyinsɛn aguamammɔ no mu. Na Yuda se: Monkɔfa no mmra na wɔnhyew no. Na wɔkɔfaa no bae no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ne sew no sɛ ɔbarima a ne nneɛma ni no, ne ho na manyinsɛn. Na ose: Hwehwɛ mu ɛ, na hwɛ, hena nsɔanokaa ne hama ne poma ni? Na Yuda hui no, ɔkae sɛ ɔteɛ sen me, efisɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio. Na eduu n'awo so no, hwɛ, na nta na ɛwɔ ne yam. Na ɔrewo no, obiako yii ne nsa, na awogyefo no soo ne nsa no mu de asaawa kɔkɔɔ kyekyeree kae sɛ: Oyi na ofii adi kan. Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, na hwɛ, ne nua no fii adi, na ɔkae sɛ ɛdɛn na wotew mu? Wo so na ntewmu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres. Na akyiri no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa so no bae, na wɔtoo no din Sera, ase ne Kɔkɔɔ. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin na ɔyɛ: Misraimni tɔɔ no Ismaelfo a wɔde no kɔɔ hɔ no nkyɛn. AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. Na ne wura hui sɛ: AWURADE di n'akyi na AWURADE ma nea ɔyɛ nyinaa yɛ yiye n'abasa so no, Yosef nyaa n'anim dom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fi so, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. Na efi bere a ɔde no sii ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa so no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fi, na AWURADE nhyira baa nea ɔwɔ nyinaa so, ofie ne afum. Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduan a ɔno ara di. Nso Yosef ho ne n'anim yɛ fɛ. Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi no, ne wura yere tuu n'ani sii Yosef so, na ɔkae sɛ: Wo ne me mmɛda. Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti, ɔnhwɛ nea ɛwɔ ne fi, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nyɛ kɛse nsen me ofie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, sɛ ne yere ne wo ntia. Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn? Na ɔka saa daa daa kyerɛ Yosef, nanso Yosef ampene sɛ ɔne no bɛda, na wakɔ ne ho. Na saa bere no mu, da bi ɔkɔɔ ɔdan no mu sɛ ɔrekɔyɛ n'adwuma, na ofie hɔfo no mu biara nni hɔ no, osoo n'atade mu kae sɛ: Wo ne me mmɛda! Na ogyaw n'atade no wɔ ne nsam guan fii adi. Na ohui sɛ, wagyaw n'atade wɔ ne nsam aguan afi adi no, ɔfrɛfrɛɛ ne fifo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, wakɔfa Hebrini yi aba rebedi yɛn ho fɛw: waba me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, na mede nne kɛse meteɛɛm; na ɔtee sɛ memaa me nne so meteɛɛm no, ogyaw n'atade wɔ me nsam, na oguan fii adi. Na ɔde n'atade no guu ne nkyɛn kosii sɛ ne wura baa ofie. Na ɔkaa saa nsɛm yi ara kyerɛɛ no sɛ: Akoa Hebrini a wokɔfaa no brɛɛ yɛn no aba me nkyɛn sɛ ɔrebedi me ho fɛw; na memaa me nne so meteɛɛm no, ogyaw n'atade wɔ me nsam, na oguan fii adi. Na ne wura tee ne yere nsɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Saa ade yi na w'akoa no ayɛ me no, ne bo fuwii, na Yosef ne wura faa no de no kɔtoo afiase, nea ɔhene nneduafo gu, na ɔdaa afiase hɔ. Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim. Na afiasehwɛfo no de nneduafo a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na biribiara a wɔyɛ wɔ hɔ no, ɔno na ɔyɛ. Afiasehwɛfo no anhaw ne ho anhwɛ biribiara a ɔde hyɛɛ Yosef nsa no, efisɛ AWURADE dii n'akyi, na nea ɔyɛe nyinaa, AWURADE ma ɛyɛɛ yiye. Na nsɛm yi akyi no, Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo fom wɔn wura, Misraim hene no. Na Farao bo fuw n'asomfo baanu no, nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no. Na ɔde wɔn koguu afiase wɔ ankɔbeafo so panyin no fi, faako a Yosef da hɔ. Na ankɔbeafo so panyin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛɛ afiase hɔ kakra. Na Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo a wogu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro, ɛsono oyi ne ne dae asekyerɛ, na ɛsono oyi nso de. Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, wɔayeyɛ bosobosoo. Na obisaa Farao asomfo a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fi no sɛ, ɛdɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ siamosiamoo sɛɛ? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ! Ɛnna nsahyɛfo so panyin no kaa ne dae kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, na hwɛ, obobe bi si m'anim, na obobe no abɔ nkorabata abiɛsa, na ayɛ sɛ ɛrefefɛw, na anyin agu nhwiren, na abɔ akasiaw ayɛ aba a abere. Na Farao kuruwa kura me na metetew bobe aba no mikyi miguu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no mehyɛɛ Farao nsa. Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkorabata abiɛsa no yɛ nnansa; na aka nnansa na Farao ayi wo de wo asan akodi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kan a woyɛ ne nsahyɛfo no. Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ esi wo yiye a, yɛ me adɔe, na bɔ me din kyerɛ Farao, na beyi me ɔdan yi mu, efisɛ owia na wowiaa me Hebrifo asase so, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amoa yi mu. Na abodootofo so panyin no hui sɛ nkyerɛase no ye no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me dae mu no, na hwɛ, aboodoo nkyerɛnkyɛ abiɛsa a esisi so wɔ m'atifi. Na kyerɛnkyɛ a edi soro no mu, na Farao anom atoduan nyinaa bi wɔ; na nnomaa redi wɔ kyerɛnkyɛ no mu wɔ m'atifi. Na Yosef buae sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkyerɛnkyɛ abiɛsa no yɛ nnansa; na aka nnansa na Farao ayi wo afi ha, na wasɛn wo dua ho ma nnomaa adi wo nam afi wo ho. Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim; na ɔsan de nsahyɛfo so panyin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa. Na abodootofo so panyin no de, ɔsɛn no, sɛnea Yosef kyerɛɛ wɔn ase no. Nanso nsahyɛfo so panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no. Na mfirihyia abien akyi no, Farao soo dae, na hwɛ, ogyina asubɔnten Nil no ho. Na hwɛ, anantwibere ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu bae bedidii sare no so. Na hwɛ, anantwibere ason foforo a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn nso fi asubɔnten no mu dii wɔn akyi bae, na wobegyinaa anantwi ason no nkyɛn wɔ asubɔnten no kɔn so. Na anantwi a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no memmenee ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho no. Na Farao nyanee. Na ɔdae, na ɔsoo dae bio, na hwɛ, awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi wɔ nan koro so. Na hwɛ, mmɛtem ason nkorowankorowa a apuei mframa akisa no fifi dii akyiri bae. Na mmɛtem nkorowankorowa no memmenee mmɛtem ason a ɛtoatoa so na awi wɔ mu no. Na Farao nyanee, na hwɛ, ɛyɛ dae. Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase. Ɛnna nsahyɛfo mu panyin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Mekae me mfomso nnɛ. Farao bo fuw ne nkoa, na ɔde me ne abodootofo so panyin no, kɔtoo duam ankɔbeafo so panyin fi no, yɛsosoo adae anadwo koro no ara, me ne no, ɛsonsono yɛn dae a yɛsosoe ne emu biara nkyerɛase. Na Hebrini aberante bi a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkeka kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ yɛn, yɛn adae no ase, sɛnea ebiara te. Na sɛnea ɔkyerɛɛ yɛn ase no, saa ara na ɛbae; wɔde me san kodii me dibea, na ɔno de, wɔsɛn no. Na Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Yosef na wɔyɛɛ ntɛm yii no fii afiase hɔ, na woyii ne tinwin sakraa ne ntade, na ɔbaa Farao anim. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso dae, nso obiara nni hɔ a otumi kyerɛ ase; na wo na mate wo nka sɛ, wote dae a, wutumi kyerɛ ase. Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, hwɛ, migyina asubɔnten Nil no kɔn so. Na hwɛ, anantwi ason a wɔn ho tua wɔn ho na wɔn ho yɛ fɛ fi nsu no mu bae bedidii wɔ wuram hɔ. Na hwɛ, anantwi ason foforo nso a wɔyɛ kanyankanyan na wɔn ho yɛ tan yiye, na wɔafomfɔn a minhuu wɔn ho tan no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da, dii wɔn akyi bae. Na anantwi a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no memmenee kan anantwi ason a wɔadɔ no. Na woduu wɔn yafunu mu no, obi anhu sɛ wɔadu wɔn yafunu mu, na wɔn ho da so yɛ tan sɛ kan no ara. Ɛnna minyanee. Na mihui wɔ me dae mu sɛ awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi nan koro so. Na hwɛ, mmɛtem ason a ahow na ayɛ ntraantraa, na apuei mframa ama akisa dii akyiri fifii. Na mmɛtem ntraantraa no memmenee mmɛtem ason a eye no. Na maka makyerɛ nkonyaayifo no, nso obiara antumi ankyerɛ me ase. Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao adae no yɛ biako; Onyankopɔn rekyerɛ Farao nea ɔrebɛyɛ. Anantwi pa ason no yɛ mfe asɔn, na mmɛtem ason a eye no nso yɛ mfe asɔn; ɛyɛ dae biako. Na anantwi ason a wɔafomfɔn a wɔn ho yɛ tan a wodii wɔn akyi bae no ne mmɛtem ason afuruntum a apuei mframa akisa no bɛyɛ mfirihyia ason kɔm. Ɛne asɛm a maka makyerɛ Farao: Nea Onyankopɔn rebɛyɛ na ɔde akyerɛ Farao yi: Hwɛ, mfirihyia ason reba a aduan bebree bɛba Misraim asase nyinaa so. Na ɛno akyi no, ɔkɔm bɛba mfirihyia ason ama werɛ afi aduan bebrebe no nyinaa wɔ Misraim asase so, na ɔkɔm no bɛhyew asase no, na ɔkɔm a ebedi akyiri no nti wɔrenhu asase no so aduan bebrebe no bio, efisɛ ɔkɔm no mu bɛyɛ dennennen. Na dae no a ɛyɛɛ mmɔho abien maa Farao no ase ne sɛ: Onyankopɔn ahyɛ saa ade no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm. Na afei Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo mfa no nsi Misraim asase so. Na Farao nyɛ eyi, na onsisi asase no so ahwɛfo, na wonnyigye Misraim asase so aduan so ntotoso anum anum mfirihyia ason a aduan bebree wɔ mu no mu. Na ma wɔmmoaboa mfirihyia pa a ɛrebɛba yi mu aduan nyinaa ano, na wɔmfa awi ngugu asan so sɛnea Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkurow mu aduan, na wɔmfa nsie. Na ayɛ aduan a wɔakora ama asase no asie mfirihyia ason kɔm a ɛbɛba Misraim asase so no, na asase no ansɛe wɔ ɔkɔm no mu. Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani. Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa? Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ Onyankopɔn ayi eyi nyinaa akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo. Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, mede wo masi, Misraim asase nyinaa so. Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam a ɛto so abien mu, na wɔteɛɛm dii n'anim sɛ: Mommɔ mo mu ase! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ bribiara wɔ Misraim asase nyinaa so. Na Farao frɛɛ Yosef sɛ Safnat-panea. Na ɔde On sɔfo Potifera babea Asnat maa no aware. Na Yosef fii adi kokyinii Misraim asase so. Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so. Na ahotɔ mfirihyia ason no mu no, aduan pii baa asase no so ma ebuu so. Na ɔboaboaa ahotɔ mfirihyia ason a ɛbaa Misraim asase so no mu aduan nyinaa ano, na ɔde aduan no siee nkurow no mu; nkuraa a atwa ho ahyia mu aduan na ɔde siee nkurow no mu. Na Yosef boaboaa awi ano pii pa ara sɛ mpoano anwea de kosii sɛ wogyaee kan, efisɛ wontumi nkan. Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɔkɔm mfirihyia no dui; wɔn na On sɔfo Potifera ba Asnat wo maa no. Na Yosef too abakan no din Manase, efisɛ ose: Onyankopɔn ama me werɛ afi m'amane ne m'agya fi nyinaa. Na ɔtoo nea ɔto so abien no din Efraim, efisɛ ose: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m'amanehunu asase yi so. Na mmoroso a ɛbaa Misraim asase so mfirihyia ason no to twae. Na ɔkɔm mfirihyia ason no fii ase bae, sɛnea Yosef kae no, na ɔkɔm baa nsaase nyinaa so. Na Misraim asase nyinaa so de, na aduan wɔ hɔ. Na ɔkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, ɔman no kosuu kɔm kyerɛɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ. Na ɔkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduankora adan no nyinaa, na ɔtɔn aburow maa Misraimfo no, na ɔkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so. Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase nyinaa so. Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ ɛdɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi? Na ose: Monhwɛ, mate sɛ aduan wɔ Misraim. Munsian nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu. Ɛnna Yosef nuanom mu du sian kɔɔ Misraim aduantɔ. Na Yosef nua Benyamin de, Yakob ansoma no anka ne nuanom no ho ankɔ, na ose: Ebia abew bi bɛbew no. Na Israel mma no de wɔn ho fraa wɔn a wɔbaa aduantɔ no mu, efisɛ ɔkɔm no aba Kanaan asase so bi. Na Yosef ne asase no so tumfo, ɔne nea ɔtɔn aduan ma asase no sofo nyinaa. Na Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam. Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na opoopoo n'ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhe na mufi bae? Na wose: Yefi Kanaan asase so na yɛbaa aduantɔ. Na Yosef huu ne nuanom no; na wɔn de, wɔanhu no. Na Yosef kaee adae a ɔsosoe wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafo, asase yi ho akwan na morebɛhwehwɛ. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me wura, na aduantɔ na wo nkoa bae. Yɛn nyinaa yɛ ɔbarima biako mma, yɛyɛ anokwafo, wo nkoa nyɛ akwansrafo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, na asase yi ho akwan na moreba abɛhwehwɛ. Ɛnna wose: Wo nkoa yɛ anuanom dumien. Yɛyɛ ɔbarima biako mma wɔ Kanaan asase so, na hwɛ, ɔkaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn nnɛ, na obiako de, onni hɔ. Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte ara ne sɛ meka me kyerɛɛ mo sɛ Moyɛ akwansrafo. Eyi na mede mɛsɔ mo ahwɛ: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha ansa. Monsoma mo mu biako, na ɔnkɔfa mo nua no mmra, na mo de, wɔmfa mungu afiase, na wɔnhwehwɛ mo nsɛm no mu, sɛ nokware wɔ mu anaa; anyɛ saa de a, sɛ Farao te ase yi, moyɛ akwansrafo. Na ɔde wɔn koguu afiase nnansa. Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn. Sɛ moyɛ anokwafo a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu biako ntena mo nnedua fi ha, na mo de, ɔkɔm a ɛwɔ mo afi mu nti, momfa aduan no nkɔ. Na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mo nsɛm ayɛ nokware, na moanwu. Na wɔyɛɛ sa. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yedi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yehuu ne ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborohunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn so. Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abofra no bɔne bi, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi. Na wonnim sɛ, Yosef te, efisɛ ɔkyeame na odi wɔn ntam yi wɔn ano. Na ɔdan ne ho fii wɔn nkyɛn kosui. Na ɔsan baa wɔn nkyɛn bio ne wɔn bɛkasae, na oyii Simeon wɔ wɔn mu, na ɔkyekyeree no wɔn anim hɔ ara. Ɛnna Yosef hyɛɛ sɛ, wɔmfa aburow nhyehyɛ wɔn nkotoku no mama, na wɔnnan wɔn mu biara dwetɛ nhyɛ mu, na wɔmma wɔn akwansoduan. Na wɔyɛɛ wɔn sa. Na wɔde wɔn aburow no soasoaa wɔn mfurum, na wofii hɔ kɔe. Na wɔn mu biako buee ne kotoku ano sɛ ɔrema n'afurum aduan wɔ asoɛe no, ohui, na hwɛ, ne dwetɛ hyɛ ne kotoku ano. Na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Wɔadan me dwetɛ no ama me, na hwɛ, ɛhyɛ me kotoku no mu. Na wɔn koma tutui, na wɔde ahopopo sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi? Na wɔbaa wɔn agya Yakob nkyɛn Kanaan asase so, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no, poopoo n'ani kasa kyerɛɛ yɛn, na obuu yɛn asase no akwansrafo. Na yesee no sɛ: Yɛyɛ anokwafo, yɛnyɛ akwansrafo. Yɛyɛ yɛn agya mma anuanom dumien, obiako na onni hɔ, na akumaa no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan asase so mprempren. Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Eyi na mede mehu sɛ moyɛ anokwafo: Munnyaw mo nua biako wɔ me nkyɛn, na momfa aduan nkɔ nkɔhwɛ mo fifo, na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mahu sɛ monyɛ akwansrafo, na moyɛ anokwafo, na mayi mo nua no mama mo, na moadi asase yi so gua. Na ɛbae sɛ wɔreyiyi wɔn nkotoku mu ade no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛboaa hyɛ ne kotoku mu. Na wɔne wɔn agya huu wɔn dwetɛmmoaa no, wosuroe. Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na eyi nyinaa ba! Na Ruben ka kyerɛɛ n'agya sɛ: Sɛ mamfa no mansan mammrɛ wo a, kum me mmammarima baanu. Fa no hyɛ me nsa, na mede no mɛsan mabrɛ wo. Na ose: Me ba ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu, na aka ne nko, na sɛ abew bi kɔbew no wɔ ɔkwan a morekɔ no mu a, ɛnne mode me dwen bɛkɔ asaman awerɛhow mu. Na ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so. Na wowiee aduan a wɔde fi Misraim bae no di no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmrɛ yɛn. Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, munnsi m'anim ha. Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnne yebesian akɔtɔ aduan abrɛ wo. Na sɛ woremma ɔnkɔ a, ɛnne yɛrensian nkɔ hɔ, efisɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, munnsi m'anim ha. Na Israel se: Ɛdɛn nti na moyɛɛ me bɔne sɛɛ, sɛ moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ onua bi? Na wose: Obisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua bi anaa? Nea obisaa yɛn yi ara na yebuae. So yenim sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ: Momfa mo nua no mmra anaa? Na Yuda ka kyerɛɛ n'agya Israel sɛ: Ma abofra no ne me nkɔ, na yensim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu. Midi ne ho agyinam; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo, mammegyina w'anim a, ɛnne mayɛ wo bɔne daa nyinaa. Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka sesɛɛ yɛakɔ aba mprenu. Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnne monyɛ eyi: Momfa asase yi so nnepa ngu mo ade mu, na momfa ayɛyɛde nkɔma ɔbarima no: akyenkyennuru kakra ne ɛwo kakra, ohuam ne kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba. Na momfa dwetɛ foforo nkura, ne dwetɛ a wɔdan maa mo wɔ mo kotoku ano no, munkura nsan nkɔ; ebia ɛyɛ anifaso. Na momfa mo nua no, na munsim nsan nkɔ ɔbarima no nkyɛn. Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na onnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me de, me mma fi me nsa a, na wɔafi me nsa! Na mmarima no faa ayɛyɛde no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre sian kɔɔ Misraim kogyinaa Yosef anim. Na Yosef huu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panyin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie nnuan, na nnipa yi ne me rebedidi awia yi. Na ɔbarima no yɛe sɛnea Yosef kae no, na ɔbarima no de nnipa no kɔɔ Yosef fi. Na nnipa no suroe sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fi, na wose: Dwetɛ a ɛsan kekaa yɛn kotoku mu kan no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn atow ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfurum ayɛ nkoa. Na wotwiw bɛn Yosef fie panyin no ne no kasae wɔ ofi no pon ano sɛ Owura, yɛpa wo kyɛw, yesian baa ha kan bɛtɔɔ aduan. Na yekoduu asoɛe na yɛsansan yɛn nkotoku ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotoku mu, yɛn dwetɛ sɛnea wɔkarii no pɛ, na yekurae de asan aba. Yekura dwetɛ foforo aba de rebɛtɔ aduan. Yennim onii ko a ɔde yɛn dwetɛ no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu. Na ose: Asomdwoe nka mo, munnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo, mo nkotoku mu ademmude, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na oyii Simeon brɛɛ wɔn. Na ɔbarima no de nnipa no hyɛn Yosef fi, na ɔmaa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ho, na ɔmaa wɔn mfurum aduan. Na wosiesiee ayɛyɛde no twɛn ɔba a Yosef bɛba owigyinae no, efisɛ na wɔate sɛ wɔrebedidi hɔ. Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛde a wokurae no kɔɔ ɔdan mu kɔmaa no, na wɔkotow fam wɔ n'anim. Na obisaa wɔn sɛ, wɔn ho ye anaa; na ose: Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho ye anaa? Ɔda so te ase anaa? Na wose: W'akoa, yɛn agya no ho ye, na ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotow no. Na ɔmaa n'ani so huu ne nua Benyamin, ne na ba no, ɔkae sɛ: Mo nua kumaa a mokaa me ne ho asɛm no ni anaa? Na ose: Onyankopɔn nnom wo, me ba. Na Yosef yɛɛ no hare so, efisɛ ne yam hyehye no ma ne nua no, na ɔhwehwɛ baabi akosu, na ɔhyɛn ne pia mu kosui wɔ hɔ. Na ɔhohoroo n'anim, na ofii adi, na ɔhyɛɛ ne ho so kae sɛ: Momfa aduan mmesisi hɔ. Na wɔde ne de sii fa, na wɔde wɔn de sisii fa, na wɔde Misraimfo a wɔne wɔn didi no de sisii fa, efisɛ Misraimfo ne Hebrifo ntumi nnidi, na Misraimfo kyi. Na wɔbɛtenatenaa n'anim, ɔpanyin sɛnea ne panyin te, ne akumaa sɛnea n'akumaa te, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwonwa. Na wogyigyee aduan no fii n'anim brɛɛ wɔn, na Benyamin de boroo wɔn nyinaa de so mpɛn anum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyei. Na Yosef hyɛɛ ne fie panyin no sɛ: Fa aduan dodow a wobetumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotoku mu amaama, na fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotoku mu, na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛkuruwa no, hyɛ akumaa no kotoku mu ka n'aburow dwetɛ no ho. Na ɔyɛe sɛnea Yosef kae no. Ade kyee ara pɛ, na wogyaa mmarima no ne wɔn mfurum kwan. Wofii kurow no mu kɔe na wonnya nnuu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panyin no sɛ: Sɔre, tiw mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛdɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Ɛnyɛ nea me wura nom mu, na ɔde yɛ n'anyankomade anaa? Nea moayɛ yi, moayɛ bɔne. Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛdɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa ade yi. Hwɛ, dwetɛ a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛde asan afi Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yebewia wo wura fi dwetɛ anaa sika? Wo nkoa yi mu nea wubehu wɔ ne nkyɛn no, ma onwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa. Na ose: Ɛnyɛ sɛnea muse no: nea wobehu wɔ ne nkyɛn no nyɛ m'akoa, na mo de, mubedi bem. Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotoku no totoo fam, na wɔsansan ano. Na ɔhwehwɛɛ mu, ofii ase fi ɔpanyin de so de kosii akumaa de so; na wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku mu. Ɛnna wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔde wɔn nnosoa soasoaa wɔn mfurum san kɔɔ kurow no mu. Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fi, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔkotowkotow n'anim. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa? Na Yuda se: Dɛn na yense me wura? Na dɛn na yɛnka? Na yenyi yɛn ano dɛn? Onyankopɔn ahu wo nkoa amumɔyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no. Na ose: Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa. Na nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m'akoa, na mo de, munsim mfa asomdwoe nkɔ mo agya nkyɛn. Ɛnna Yuda twiw bɛn no kae sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w'akoa nkasa me wura asom, na mma wo bo mmfuw w'akoa, na wote sɛ, Farao ara. Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa onua bi? Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akwakoraa ne ne nkwakoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n'agya dɔ no. Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m'ani menhwɛ no. Na yesee me wura sɛ: Abofra no ntumi nnyaw n'agya, na sɛ ogyaw n'agya a, n'agya bewu. Na wusee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, morenhu m'anim bio. Na yɛkɔɔ w'akoa, m'agya nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no. Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmrɛ yɛn. Na yese: Yɛrentumi nsian nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yebesian akɔ. Yɛrentumi nkohu ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Ɛnna w'akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara munim sɛ mma baanu na me yere wo maa me. Na obiako fii me nkyɛn kɔe, na mise: Ampa ara ɔtetew na wɔatetew no mu, na efi hɔ no, minhuu no ɛ. Na sɛ mofa oyi nso fi me nkyɛn na abew bi kɔbew no a, mode me ti dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. Na afei sɛ mekɔ w'akoa, m'agya, nkyɛn na abofra yi nka yɛn ho a, esiane sɛ ne koma da abofra so nti, ɛbɛba sɛ, sɛ ohu sɛ abofra yi nka yɛn ho a, obewu, na wo nkoa de w'akoa, yɛn agya, dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. Na w'akoa dii abofra yi ho agyinam wɔ m'agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnne na mayɛ m'agya bɔne daa nyinaa. Na afei mesrɛ wo, ma w'akoa ntena ha nsi abofra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abofra no ne ne nuanom nkɔ. Na sɛ abofra no nka me ho a, mɛkɔ m'agya anim dɛn? Ɛnne na merekohu bɔne a ɛbɛto m'agya no. Na afei Yosef ntumi nhyɛ ne ho so wɔ wɔn a wogyinagyina ne ho no nyinaa anim, na ɔteɛɛm sɛ: Momma nnipa nyinaa mfi me ho mfi adi. Na Yosef reyi ne ho adi akyerɛ ne nuanom no, na onipa biara nnyina ne nkyɛn. Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfo no ne Farao fifo tee. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m'agya da so te ase anaa? Na ne nuanom no antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwiriw wɔn wɔ n'anim. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Muntwiw mmɛn me. Na wotwiw bɛn no. Na ose: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no. Na afei mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim. Na mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so, na aka mfe anum bio a ɔfɛtɛw ne otwa nni mu. Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma munnya nkae wɔ asase so, na minnye mo nkwa a ɛbɛma dodow no ara afi mu afi. Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n'agya ne ne fi nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifo. Monyɛ ntɛm nkɔ m'agya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ wo ba Yosef se ni: Onyankopɔn de me ayɛ Misraim nyinaa so wura. Sian bra me nkyɛn. Nkyɛ! Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nenanom ne wo nguan ne w'anantwi ne nea wowɔ nyinaa, na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, efisɛ mfe anum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fifo ne nea wowɔ nyinaa. Na hwɛ, mo ani ahu na me nua Benyamin nso ani ahu, sɛ m'ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi. Na monka m'anuonyam a mewɔ wɔ Misraim nyinaa nkyerɛ m'agya ne nea moahu nyinaa, na monyɛ ntɛm mfa m'agya nsian mmra ha. Ɛnna osoo ne nua Benyamin kɔn mu na osui; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho. Na ofifew ne nuanom nyinaa ano, na osui wɔ wɔn so, na ɛno akyi no ne nuanom no ne no kasae. Na wɔtee nka wɔ Farao fi sɛ Yosef ne nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Eyi na monyɛ: Momfa nneɛma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so nkɔfa mo agya ne mo fifo mmra me nkyɛn, na mɛma mo Misraim asase so nea eye, na moadi asase no srade. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi na monyɛ: Momfa nteaseɛnam mfi Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra. Na mo nso munnnwinnwen mo nneɛma ho, na Misraim asase nyinaa so nea eye yɛ mo dea. Na Israel mma yɛɛ sa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛnea Farao anom asɛm se, na ɔmaa wɔn akwansoduan. Ɔmaa wɔn nyinaa ntade nsakraho mmiako mmiako, na Benyamin de, ɔmaa no nnwetɛbona ahasa ne ntade nsakraho anum. Na nea ɔde kɔmaa n'agya nso ni: Mfurum du a wɔsoso Misraim nnepa no bi ne mfurummere du a wɔsoso aburow ne abodoo ne aduan a ɛbɛyɛ n'agya akwansoduan. Na ogyaa ne nuanom kwan ma wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkofuw mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo! Ɛnna wofii Misraim foro kɔɔ Kanaan asase so wɔn agya Yakob nkyɛn, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na odi Misraim asase nyinaa so. Na ne komam yɛɛ no naa, efisɛ onnye wɔn nni. Na wɔkaa nsɛm a Yosef aka akyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef asoma de rebɛfa no no, wɔn agya Yakob honhom ho san no. Na Israel kae sɛ: Ɛdɔɔso, me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ makohu no ansa na mawu. Na Israel ne nea ɔwɔ nyinaa siim, na oduu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔre maa n'agya Isak Nyankopɔn. Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini. Na ose: Mene Onyankopɔn, w'agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wubesian akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛse wɔ hɔ. Me ne wo besian akɔ Misraim, na mede wo masan maba nso, na Yosef abasa so na wobewu. Na Yakob siim fii Beer-seba. Na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma kɔfaa no no mu. Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahode a wɔanya wɔ Kanaan asase so kɔɔ Misraim, Yakob ne n'asefo nyinaa: ne mmammarima ne mmabea ne ne nenanom ne n'asefo nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim. Na eyinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben. Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni bea ba Saul. Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kahat ne Merari. Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah; na Er ne Onan wui Kanaan asase so. Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul. Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yahleel. Eyinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia, ne ne babea Dina, ne mmammarima ne ne mmabea nyinaa si akra aduasa abiɛsa. Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabea Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel. Eyinom ne Silpa a Laban de no maa ne babea Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wosi akra dunsia. Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin. Na Yosef mma a On sɔfo Potifera babea Asnat wo maa no Misraim asase so ne: Manase ne Efraim. Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. Eyinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si dunan. Na Dan babarima ne: Husim. Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. Eyinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si baasɔn. Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wofi n'asen mu, Yakob mma yerenom nka ho a, akra no nyinaa si aduosia asia. Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fi akra a wɔbaa Misraim no nyinaa si aduɔsɔn. Na ɔsomaa Yuda dii n'anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ommedi n'anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na woduu Gosen asase so. Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kohyiaa n'agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, osoo ne kɔn mu, na osui ara kyeree mu wɔ ne kɔn ho. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahu w'anim sɛ woda so te ase yi, wɔmma mintiw me nenanom wɔ asamando. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n'agya fifo sɛ: Merekɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m'agya fifo a wɔwɔ Kanaan asase so no aba me nkyɛn. Na nnipa no yɛ nguanhwɛfo, na mmoa na wɔyɛn, na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa aba. Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na obisa mo sɛ: Mo adwuma ne dɛn a, munse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, yɛn ne yɛn agyanom, na moatena Gosen asase so, efisɛ Misraimfo kyi mmoahwɛfo nyinaa. Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M'agya ne me nuanom ne wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so. Na ɔde ne nuanom mu baanum kogyinaa Farao anim. Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne dɛn? Na wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo, yɛn ne yɛn agyanom nso. Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, efisɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nguan, efisɛ ɔkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. Misraim asase na ɛda w'anim yi, asase no mu nea eye no, ma w'agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so, na sɛ wunim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfo a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so. Na Yosef de n'agya Yakob kogyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao. Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirihyia si ahe? Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirihyia mu nna yɛ mfe ɔha aduasa; me nkwa mfirihyia mu nna yɛ kakraa bi na amane nko, na ennu m'agyanom nkwa mfirihyia mu nna wɔ wɔn ahɔhobea asetena nna mu. Na Yakob hyiraa Farao, na ofii Farao anim kɔe. Na Yosef maa n'agya ne ne nuanom tenabea, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ nea asase no ye, wɔ Rameses asase so, sɛnea Farao hyɛe no. Na Yosef bɔɔ n'agya ne ne nuanom ne n'agya fifo nyinaa akɔnhama sɛnea abusua biara dodow te. Na aduan nni asase biara so, na ɔkɔm no mu yɛɛ den yiye maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɔkɔm no anim piti. Na Yosef boaboaa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase so nyinaa wɔ aburow a wɔbɛtɔe no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi. Na sika sae Misraimfo ne Kanaanfo ho asase so no, Misraimfo nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduan ɛ! Adɛn nti, na sɛ sika asa nti yenwuwu w'anim? Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa. Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduan gyigyee apɔnkɔ ne nguan ne anantwi ne mfurum, na ɔde aduan yɛn wɔn afirihyia no, ogyee wɔn mmoa nyinaa. Na afe no twaam no, afe a edi so no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhintaw me wura sɛ yɛn sika asa, na mmoa akuwakuw no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko. Ɛdɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w'anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduan, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao, na ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan. Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao, na Misraimfo nyinaa tontɔn wɔn mfuw, efisɛ ɔkɔm no den wɔn, na asase no dan Farao dea. Na nkurɔfo no de ɔdan wɔn nkoa, efi Misraim hye so kosi afoforo ahye so. Gyee asɔfo asase nko na wantɔ, efisɛ Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfo no, na wodi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase. Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: Monhwɛ, nnɛ matɔ mo ne mo nsaase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkodua asase no so ni. Na nea ɛbɛsow no, momfa nkyɛm anum mu biako mma Farao, na emu abupɛn anan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mo mfuw mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fifo ne mo mma aduan. Na wose: Woagye yɛn nkwa; ma yennya me wura anim dom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa. Na Yosef hyɛɛ eyi ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so ade biara nkyɛm anum mu biako mma Farao, gye asɔfo asase nko na anyɛ Farao dea. Na Israel tenaa Misraim asase a ɛwɔ Gosen no so, na wonyaa mu ade, wɔdɔe, na wɔn ase fɛee sɛ. Na Yakob tenaa Misraim asase so mfe dunsɔn, na Yakob nna, ne nkwa mfirihyia, yɛ mfe ɔha aduanan asɔn. Na Israel nna dui sɛ ɔbɛkɔ ne nsamankyi, na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w'anim dom a, fa wo nsa ka m'asen mu, na yɛ me adɔe di me nokware, na nsie me Misraim! Na mɛda m'agyanom nkyɛn, na soa me fi Misraim kosie me wɔ wɔn asiebea. Na Yosef kae se: Mɛyɛ sɛnea woaka yi. Na Yakob kae se: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi. Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w'agya yare. Na ɔfaa ne mmammarima baanu, Manase ne Efraim, kaa ne ho. Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n'ani tenaa ne mpa so. Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi mɛma w'asefo a wobedi w'akyi no sɛ daa agyapade. Na afei wo mma baanu a wɔwoo maa wo wɔ Misraim asase so ansa na mereba wo nkyɛn Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea sɛ: Ruben ne Simeon. Na wo mma a wubenya wɔn wɔ wɔn akyi no, na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapade mu. Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn. Na Israel huu Yosef mma no, ɔkae sɛ: Henanom ni? Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi, ɛnna ose: Fa wɔn brɛ me ma minhyira wɔn. Na onyin nti, Israel ani so ayɛ no kusukusu a onhu ade yiye. Na ɔde wɔn bɛn no; na ofew wɔn ano yɛɛ wɔn atuu. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusuw sɛ mehu w'anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahu wo mma nso. Na Yosef yii wɔn fii ne nantam, na ɔponoo ne mu de n'anim butuw fam. Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa soo Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum soo Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn bɛn no. Na Israel teɛɛ ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, na ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, efisɛ Manase ne abakan. Na ohyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a m'agyanom Abraham ne Isak nantew n'anim no, Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ, abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini. Na Yosef hui sɛ n'agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na osoo n'agya nsa sɛ onyi mfi Efraim atifi nkɔto Manase atifi. Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, ɛnyɛ sɛ ɛte ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n'atifi. Na n'agya ampene na ose: Minim, me ba, minim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso adɔ, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, ne nua kumaa no bɛso asen no, na n'asefo bɛyɛ aman pii. Na ɛda no ohyiraa wɔn sɛ: Wo na Israel de wo behyira sɛ: Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase. Na ɔde Efraim dii Manase kan. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bedi mo akyi, na ɔde mo asan akɔ mo agyanom asase so. Na me de, mama wo asase kakraa bi a ɛboro wo nuanom de so a mede me nkrante ne me tadua migyei Amorifo nsam. Na Yakob frɛɛ ne mma se: Mommoaboa mo ho ano, na menka mo nea ɛbɛyɛ mo, nna a edi akyiri no mu. Yakob mma, munhyia, na muntie; muntie mo agya Israel! Ruben, m'abakan ne wo, m'ahoɔden ne me mmaninyɛ asefi. Wowɔ nidi a ɛkyɛn so, ne tumi a ɛkyɛn so. Wuhinhim sɛ nsu, enti wo kanni befi wo nsa, efisɛ woforoo w'agya nnae. Ɛno mu na wuguu wo ho fi, me mpa na ɔforoe! Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrante yɛ anuɔden akode. Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi. Wɔadome wɔn abufuw, sɛ ɛso dodo, ne wɔn anibere, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn mapete Israel mu. Yuda, wo na wo nuanom beyi wo ayɛ; wo nsa bɛhyɛ w'atamfo kɔn so; w'agya mma bɛkotow w'anim. Ogyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyin, me ba. Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere; hena na ɔbɛhwanyan no? Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba. Ɔsa n'afurum ba wɔ bobe mu, ne n'afurummere ba wɔ bobe pa mu. Ɔhoro n'atade wɔ nsa mu, ne ne ntama wɔ bobe aba mogya mu. Bobesa bɛma n'ani ayɛ kɔɔ, na nufusu ama ne se ayɛ fitaa. Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ ɔhye. Isakar yɛ afurum hoɔdenfo, obutuw mmoaban ntam; na ohu sɛ ɔhomebea no ye, na asase no yɛ fɛ, na ɔbrɛ ne mmati ase de gye adesoa, na ɔde ɔsom adwuma ayi tow. Dan bebu ne nkurɔfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw mu biara. Dan bɛyɛ ɔkwan so wɔ, ɔtempɔn so ahurutoa. Ɔka ɔpɔnkɔ nantin, na ne so tenafo ahwe n'akyi. AWURADE, wo nkwagye na mehwɛ no kwan. Gad, asafo bi retoa no, na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin. Aser aduan bɛyɛ sradeduan, na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ. Naftali yɛ ɔforote a wɔato no sraha; ɔka adɛdɛsɛm. Yosef yɛ dua a ɛsow aba baa, dua a ɛsow aba wɔ nsu aniwa so baa; n'abaa tratra ɔfasu. Mmɛmmatofo hyɛɛ no yaw, wɔtotow no, na wɔtaa no. Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Efi Yakob tumfo no nsam, efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu. Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo, ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira, ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo. W'agya nhyira aboro m'agyanom nhyira so akodu tete nteredee nkoko no ahye so noho; ɛmmra Yosef atifi, nea woyii no fii ne nuanom mu no mpampam. Benyamin yɛ pataku a ɔtetew mmoa mu; odi hanam anɔpa, na anwummere nso ɔkyɛ asade mu. Eyinom nyinaa ne Israel mmusuakuw dumien no, na eyi ne nea wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛnea wɔn nhyira te mmiako mmiako na ohyiraa wɔn. Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛboaboa me akɔka me nkurɔfo ho. Munkosie me m'agyanom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuw mu no mu, ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so, wɔ Mamre ntentenso, wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔe wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiebea no mu. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na misiee Lea. Afuw no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔe wɔ Het mma nkyɛn. Na Yakob hyɛɛ ne mma samansew wiei no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na oguu ahome a edi akyiri, na otiw ne nananom wɔ asamando. Na Yosef de n'anim kobutuw n'agya anim, na osu guu no so, na ofew n'ano. Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduru no sɛ wɔnhyɛ n'agya amu no aduru. Na wɔyɛɛ saa. Na wɔde adaduanan dii ho dwuma, nna a wɔde wie aduruhyɛ no nen. Na Misraimfo suu no adaduɔsɔn. Na nna a wɔde suu no no twaam no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fifo sɛ: Sɛ manya ɔdom wɔ mo anim a, munkoyi Farao asitiw sɛ: M'agya ma mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɔda a mabɔ wɔ Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kosie me. Enti ma menkɔ minkosie m'agya, na mensan memmra. Na Farao kae se: Kɔ na kosie w'agya, sɛnea ɔma wokaa ntam no. Na Yosef kɔe sɛ, okosie n'agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fi mpanyimfo ne Misraim asase so mpanyimfo nyinaa ne Yosef fifo nyinaa ne ne nuanom ne n'agya fifo kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi na wogyaw wɔn Gosen asase so. Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛse. Na woduu Atad awiporowbea a ɛwɔ Yordan agya no hɔ no, wotwaa kwadwom kɛse a emu yɛ den wɔ hɔ, na ogyam n'agya nnansɔn. Na ɛhɔfo, Kanaanfo no, huu osu a wosuu no Atad awiporowbea hɔ no, wɔkae sɛ: Eyi de, Misraimfo ayi a emu yɛ den ni. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Abelmisraim ase ne: Misraimfo ayiyɛ, ɛwɔ Yordan agya noho. Na ne mma yɛɛ no sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no. Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ: Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu. Yosef siee n'agya wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔe kosiee n'agya no nyinaa san baa Misraim. Na Yosef ne nuanom hui sɛ wɔn agya awu no, wɔkae sɛ: Ebia Yosef bɛtan yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka. Na wɔma wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya hyɛe ansa na ɔrewu sɛ: Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumɔyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, efisɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w'agya Nyankopɔn nkoa amumɔyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ no no, Yosef sui. Na ne nuanom nso bae betwa hwee n'anim kae sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na migyina Onyankopɔn ananmu anaa? Na mo de, mudwen me ho bɔne, nanso Onyankopɔn de, na ɔde rebɛyɛ papa, sɛ ɔbɛyɛ nea ada adi nnɛ yi, sɛ obegye nnipa pii nkwa. Na afei munnsuro. Na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyee wɔn werɛ twaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Na Yosef ne n'agya fifo tenaa Misraim, na Yosef dii mfirihyia ɔha ne du. Na Yosef huu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so. Na Yosef maa Israel mma kaa ntam, na ɔkae sɛ: Ampa ara Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfi ha nkɔ. Na Yosef wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ n'amu no aduru na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim. Na eyinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fifo na ɛbae. Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda, Isakar, Sebulon ne Benyamin, Dan ne Naftali, Gad ne Aser. Na akra a wofi Yakob asen mu nyinaa si akra aduɔsɔn; na Yosef wɔ Misraim dedaw. Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui. Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma. Na ɔhene foforo bi a onnim Yosef bedii Misraim so. Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfo no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sen yɛn. Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso, na sɛ ɔsa bi ba a, wɔankɔdɔm yɛn atamfo ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ. Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkurow Pitom ne Rameses maa Farao. Nanso dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow ara na wɔdɔe, na wɔtrɛwee. Na Misraimfo suroo Israelfo no. Na wɔde anyadi yawyaw dii Israelfo, na wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yawyaw a wɔde dii wɔn mu. Na Misraim hene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn mu biako din de Sifra, na obiako din de Pua no sɛ: Sɛ mokogye Hebrifo mmea awo, na muhu agua no so sɛ ɔyɛ ɔbarima a, munkum no; na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, momma ɔntena ase. Na awogyefo no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛnea Misraim hene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wogyee mmammarima no nkwa. Na Misraim hene frɛɛ awogyefo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moyɛ saa, na moma mmarima no tena ase? Na awogyefo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Hebrifo mmea nte sɛ Misraimfo mmea, na wɔn de, wɔyɛ pirimpirim; awogyefo no nnya nnuu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dedaw. Enti Onyankopɔn ne awogyefo no dii no yiye. Na nkurɔfo no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yiye. Na esiane sɛ awogyefo no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afi mu yɛɛ yiye. Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene asubɔnten Nil mu, na mmabea nyinaa de, momma wɔntena hɔ. Na ɔbarima bi a ofi Lewi fi kɔwaree Lewi babea bi. Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo babarima; na ohui sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siei asram abiɛsa. Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano. Na ne nuabea kogyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ nea ɛbɛyɛ no. Na Farao babea sian baa asu no ano aguare, na ne mmaawa repase asu no kɔn so; na ohuu adaka no wɔ wura no mu no, ɔsomaa n'abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra. Na obuee so no, ohuu akokoaa no, na hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ose: Hebrifo mma no bi ni. Ɛnna ne nuabea no ka kyerɛɛ Farao babea no sɛ: So menkɔ menkɔfrɛ Hebrifo mmea no mu nufumafo bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akokoaa no nufu mma wo anaa? Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ɛ! Na ababaa no kɔe kɔfrɛɛ abofra no na ankasa bae. Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abofra yi kɔ kɔma no nufu ma me, na metua wo ka. Na ɔbea no faa abofra no kɔmaa no nufu. Na abofra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔdan ne ba. Na ɔtoo no din Mose, efisɛ ose: Nsu mu na miyii no fii. Na Mose nyinii no, da bi ofii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ohui sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini. Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ohui sɛ obi nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no ade kum no, na ɔde no siee nwea mu. Na ade kyee no, ofii adi, na hwɛ, Hebrifo baanu reko. Na ɔka kyerɛɛ nea odi fɔ no sɛ: Ɛdɛn nti na woboro wo yɔnko? Na ose: Hena na ɔde wo sii yɛn so otitiriw ne sennifo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ose: Asɛm no anya afi! Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔhwehwɛ Mose akum no, nanso Mose guan fii Farao anim kɔtenaa Midian asase so. Na ɔkɔtenaa asubura bi so. Nso Midian sɔfo wɔ mmabea baasɔn; na wɔbae bɛtow nsu de hyehyɛɛ adaase no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nguan anom. Na nguanhwɛfo bi bae bɛpam wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nguan no nomee. Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, moaba ntɛm sɛɛ? Na wose: Misraimni bi na oyii yɛn fii nguanhwɛfo no nsam, na ɔtow nsu po maa yɛn, na ɔmaa nguan no nomee. Na ɔka kyerɛɛ ne mmabea no sɛ: Na ɔwɔ he? Ɛdɛn nti na mugyaw ɔbarima no? Monkɔfrɛ no na ommedidi. Na Mose penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena. Na ɔde ne babea Sipora maa Mose aware. Na ɔwoo babanin, na Mose too no din Gersom, ase ne: Baabi hɔho, efisɛ ose: Mayɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so. Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim. Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no. Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu wɔn tebea a wɔwɔ mu no. Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho. Na AWURADE bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfinimfini gyaframa mu, na ɔhwɛe, na hwɛ, nkyɛkyerɛ no redɛw, nanso nkyɛkyerɛ no nhyew. Na Mose se: Eyi de, mɛman makɔhwɛ ahwɛde kɛse yi, dekode a enti nkyɛkyerɛ no nhyew. Na AWURADE hui sɛ waman rehwɛ no, Onyankopɔn fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose! Na ose: Mini! Ɛnna AWURADE kae sɛ: Ntwiw mmɛn ha! Yi wo nan ase mpaboa, na nea wugyinae hɔ yɛ asase kronkron. Na ɔkae bio sɛ: Mene w'agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n'ani, efisɛ osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn. Na AWURADE se: Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no mate. Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ. Na afei, hwɛ, Israelfo no sufrɛ adu m'anim, na mahu ɔhaw a Misraimfo de haw wɔn no. Na afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim. Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Hena ne me a merekɔ Farao nkyɛn makoyi Israelfo afi Misraim? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Medi w'akyi; na eyi bɛyɛ wo sɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so. Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE NEA MENE. Na ose: Sɛnea ka kyerɛ Israelfo no ni: ME ARA na asoma me mo nkyɛn yi. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu. Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no. Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no. Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, abehyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔre. Na me de, minim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraim hene mpo a, ɔremma mo kwan nkɔ. Enti mɛteɛ me nsa de m'anwonwade a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabobɔ Misraim, na ɛno akyi na ɔbɛma moakɔ. Na mɛma ɔman yi anim ayɛ nyam wɔ Misraimfo anim, na ɛbɛba sɛ mobɛkɔ no, morenkɔ no nsapan. Na mmea mmisabisa wɔn afipamfo ne wɔn afitenafo nkyɛn dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmabea, na Misraimfo nneɛma no nyɛ mo asade. Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ekura wo nsam yi? Na ose: Poma. Na ose: Tow kyene fam! Na ɔtow kyenee fam, na ɛdan ɔwɔ. Na Mose guan fii ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa na so ne dua mu. Na ɔteɛɛ ne nsa kyeree no, na ɛdan poma wɔ ne nsam. Nea ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no, ayi ne ho akyerɛ wo nen. Na AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ: Fa wo nsa hyɛ wo kokom! Na ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyii, na hwɛ, ɛho agu kwata fitaa sɛ sukyerɛma. Na ose: Fa wo nsa san hyɛ wo kokom! Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyi fii ne kokom, na hwɛ, adan sɛ ne honam ara. Na sɛ wɔannye wo anni, na wɔammu sɛnkyerɛnne a edi kan no a, wobegye sɛnkyerɛnne a ɛto so abien no adi. Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi nso anni na wɔantie wo nne a, ɛnne kɔsaw asubɔnten no mu nsu kohwie gu asase kesee so, na nsu a wosawee, asu no mu no bɛdan mogya wɔ asase kesee no so. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w'akoa kasae yi, m'ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo, anaa ɔdehufo anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me AWURADE ara? Na afei kɔ, na me ara medi w'ano akyi na makyerɛ wo nea ka. Na Mose kae sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma onipa foforo biara a wopɛ. Ɛnna AWURADE bo fuw Mose, na ose: So minnim sɛ wo nua Aaron, Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafi adi rebehyia wo, na sɛ ohu wo a, ne koma bɛtɔ ne yam. Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n'anom; na me de, medi w'ano ne n'ano akyi, na makyerɛ mo nea monyɛ. Na ɔnkasa w'ano nkyerɛ ɔman no, na ɔbɛdan w'ano na woadan no Onyankopɔn. Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnne no, fa kura wo nsam. Na Mose kɔe, na ɔsan kɔɔ n'ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensan menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoe kɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: San kɔ Misraim, efisɛ nnipa a wɔhwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu. Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so, na ɔsan baa Misraim asase so. Na Mose faa Onyankopɔn poma no kurae. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosan kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwonwade a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me de, mepirim ne koma, na ɔremma ɔman no nkɔ. Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: M'abakan ne Israel. Na mise wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wankɔ a, hwɛ, me de, mekum w'abakan. Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so, asoɛe a wɔdaa hɔ no, pɛe sɛ okum no. Ɛnna Sipora faa twɛrebo de twaa ne ba no twetia, na ɔtow kyenee ne nan ase kae sɛ: Woyɛ mogya ayeforokunu ma me! Ɛnna ogyaa no. Ɛnna twetiatwa no nti ɔkae sɛ: Mogya ayeforokunu ne wo. Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ sare so kohyia Mose. Na ɔkɔe kɔtoo no wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho, na ofew n'ano. Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnne a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron. Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfo mpanyimfo nyinaa ano. Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne no wɔ ɔman no anim. Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na ɛyɛe no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ sare so. Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ. Na wose: Hebrifo Nyankopɔn abehyia yɛn; enti ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, afɔre, na wamfa owuyare anaa nkrante ammetoa yɛn. Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo, Mose ne Aaron, muyi ɔman no fi wɔn nnwuma so? Monkɔ mo adwuma so. Na Farao se: Monhwɛ, afei nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afi wɔn adwumayɛ mu yi! Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfo ne wɔn aboafo sɛ: Mommma ɔman no sare a wɔde yɛ ntayaa no bio sɛ kan no; wɔn ankasa nkɔpɛ sare no. Na ntayaa dodow a wɔyɛ daa no, munnye wɔn, munnyi so bi, efisɛ wɔyɛ anihawfo, enti na wosu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔre no. Momma wɔn adwuma a emu yɛ duru, na wɔnyɛ, na wɔantie nsɛnhunu. Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfo ne wɔn aboafo no bae bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao se ni: Meremma mo sare bio. Mo ara monkɔ nkɔpɛ sare wɔ nea mubenya; na mo adwuma no nso, wɔrentew so hwee. Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa awi ntwakae ano de yɛɛ sare mesemese no. Na adwumayɛ so ahwɛfo no piapiaa wɔn kae sɛ: Munwie mo da koro adwuma wɔ ne bere mu, sɛ bere a sare wɔ hɔ no. Na wɔhwee Israelfo ahwɛfo a Farao adwumayɛ so ahwɛfo no de asisi wɔn so no kae sɛ: Ɛdɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ mo no nnɛ ne nnɛra nyinaa, sɛ kan no? Ɛnna Israelfo ahwɛfo no bae besu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne wo nkoa di no saa? Wɔmmaa wo nkoa sare bi ɛ, nso wose yɛnyɛ ntayaa; na hwɛ, wɔhwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfo no mfomso. Na ose: Anihawfo, anihawfo na moyɛ. Enti na moka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔre. Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na sare de, wɔremma mo, nso ntayaa no dodow de, mobɛma ara. Na wɔkae sɛ: Munnyi mo da koro adwuma mu ntayaa no so ara da, no, Israelfo adwumayɛ so ahwɛfo no hui sɛ amane na ato wɔn. Na wofi Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wogyina hɔ rebehyia wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrante ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nkum yɛn. Na Mose san baa AWURADE nkyɛn bɛkae sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sɛɛ? Adɛn na wosomaa me yi? Na efi bere a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din me ne no kasae no, wayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wunnyee wo man ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebehu nea mɛyɛ Farao, efisɛ wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wapam wɔn afi n'asase so mpo. Na Onyankopɔn ne Mose kasae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no de, mamma wɔamfa anhu me. Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn. Nanso mate Israelfo a Misraimfo di wɔn nya no apinisi, na makae m'apam no. Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo. Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no. Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade. Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfo no; nanso ahometew ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Misraim hene Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ. Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ, Israelfo no ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me a meyɛ ano mu momonoto yi. Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfo ne Misraim hene Farao nkyɛn nkoyi Israelfo no mfi Misraim asase so. Eyinom ne wɔn agyanom afi mu atitiriw: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok ne Palu, Hesron ne Karmi; eyinom ne Ruben mmusua. Na Simeon mma ne: Yemuel ne Yamin ne Ohad ne Yakin ne Sohar ne Saul a ɔyɛ Kanaanni bea bi ba; eyinom ne Simeon mmusua. Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn. Gerson mma ne: Libni ne Simei wɔ wɔn mmusua horow mu: Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar ne Hebron ne Usiel. Na Kahat mfe a odii si mfe ɔha aduasa abiɛsa. Na Merari mma ne Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te. Na Amram faa n'agya ne nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn. Na Ishar mma ne: Kora ne Nefeg ne Sikri. Na Usiel mma ne: Misael ne Elsafan ne Sitri. Na Aaron faa Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Nahson ne nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar maa no. Na Kora mma ne: Asir, Elkana ne Abiasaf; eyinom ne Kora mma mmusua. Na Aaron ba Eleasar faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Eyinom ne Lewifo agyanom atitiriw sɛ wɔn mmusua te. Eyinom ne Aaron ne Mose a Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi Israelfo mfi Misraim asase so sɛ wɔn dɔm te no. Wɔne wɔn a wɔne Misraim hene Farao kasae sɛ wobeyi Israelfo afi Misraim akɔ no, Mose ne Aaron no ni. Na da a AWURADE ne Mose kasae Misraim asase so no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mene Awurade, ka nea mɛka makyerɛ wo nyinaa kyerɛ Misraim hene Farao. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me? Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo. Wo de, wobɛka nea mɛhyɛ wo nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ. Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so. Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa mɛto Misraim so, na mayi m'asafo, me man Israelfo no, mafi Misraim asase so wɔ atemmu akɛse mu. Na sɛ meteɛ me nsa wɔ Misraim so na miyi Israelfo mifi wɔn mu a, na Misraimfo behu sɛ mene AWURADE. Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no ara. Bere a wɔne Farao kɔkasae no, na Mose adi mfirihyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirihyia aduɔwɔtwe abiɛsa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwonwade bi a, ɛno de ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdan ɔtweaseɛ. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdan ɔtweaseɛ. Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdannan atweaseɛ, nanso Aaron poma no memmenee wɔn mpoma no. Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao koma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkɔ. Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; hwɛ, ɔrefi adi akɔ asu no ano; na kogyina asu no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdan ɔwɔ no kura. Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me sare so, na hwɛ, wuntiei de abedu sesɛɛ. Sɛ AWURADE se ni: Eyi na wode behu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mikurae yi merebɔ asu yi mu nsu mu, na ɛbɛdan mogya. Na mpataa a ɛwɔ asu no mu bewuwu, na nsu no bɛbɔn na Misraimfo bekyi sɛ wɔbɛnom asu no mu nsu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na teɛ wo nsa wɔ Misraim nsu so, wɔn nsubɔnten so, wɔn asuasu so ne wɔn atare so ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnan mogya; na mogya aba Misraim asase nyinaa so, nnua ade ne abo ade mu. Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na ɔmaa poma no so, na ɔde bɔɔ nsu a ɛwɔ asu no mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsu a ɛwɔ asu no mu nyinaa dan mogya. Na mpataa a ɛwɔ asu no mu wuwui, na asu no bɔnee, na Misraimfo antumi annom asu no mu nsu, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so. Na Misraim akɔmfo de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Na Farao dan ne ho kɔɔ ne fi, na eyi nso wannwen ho. Na Misraimfo nyinaa tutuu asu no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsu anom, efisɛ wontumi nnom asu no mu nsu. Na nnansɔn a AWURADE dan nsu no betwaa mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mpɔtorɔ mɛhaw w'asase nyinaa. Na asu no bɛdɔ mpɔtorɔ manyamanya, na wɔafoforo aba wo fi ne wo dabekyiri ne wo mpa so ne wo nkoa afi ne wo nkurɔfo mu ne w'afononoo mu ne wo mmɔre akorow mu. Na wo ne wo manfo ne wo nkoa nyinaa so na mpɔtorɔ no bɛforo aba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na teɛ wo nsa nsubɔnten ne asuasu ne atare so, na ma mpɔtorɔ mmra Misraim asase nyinaa so. Na Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so, na mpɔtorɔ bae bɛkataa Misraim asase nyinaa so. Na akɔmfo no de wɔn asumansɛm no yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ foro baa Misraim asase so. Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na onyi mpɔtorɔ no mfi me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔre ama AWURADE. Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a enkosi na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wonyi mpɔtorɔ no mfi wo ne wo fi so, na wɔnka asu no nko mu. Na ose: Ɔkyena. Na ose: Ɛnyɛ sɛ wokae no, na woahu sɛ obi bi nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na mpɔtorɔ no befi wo ne wo fi ne wo nkoa ne wo man so; asu no mu nko na wɔbɛka. Na Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Na Mose teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔ mpɔtorɔ a ɔde aba Farao so no ho. Na AWURADE yɛe sɛ Mose kae no, na mpɔtorɔ no wuwui afi mu ne adiwo ne wuram. Na wɔboaboaa wɔn ano akuwakuw, na asase no so bɔnee. Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Teɛ wo poma no bɔ asase so mfutuma na ɛnnan dwiw wɔ Misraim asase nyinaa so. Na wɔyɛɛ saa, na Aaron teɛɛ ne nsa de poma no bɔɔ asase so mfutuma, na ɛdan dwiwwɔ nnipa ne mmoa so. Na asase so mfutuma nyinaa dan dwiw Misraim asase nyinaa so. Na akɔmfo no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema dwiw aba, nanso wɔantumi. Na dwiw no baa nnipa ne mmoa so. Ɛnna akɔmfo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Onyankopɔn nsatea ni. Na Farao koma pirimii ara na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim; hwɛ, ɔrefi adi aba nsu no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me. Na sɛ woremma me man no nkɔ a, hwɛ, mɛma nwansena ahorow aba wo ne wo nkoa ne wo man ne w'afi so, na nwansena no bɛyɛ Misraimfo afi mu ne asase a wɔte so no so amaama. Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te so no nsow da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahu sɛ mene AWURADE wɔ asase mfinimfini. Na mede ogye mɛto me man ne wo man ntam; ɔkyena na sɛnkyerɛnne yi bɛba. Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fi ne ne nkoa afi ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee. Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Monkɔ nkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ asase yi so. Na Mose se: Ɛmfata sɛ wɔyɛ no saa, efisɛ Misraim akyide na yɛde bɛbɔ afɔre ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Hwɛ, sɛ yɛde Misraim akyide bɔ afɔre wɔ wɔn anim a, so wɔrensiw yɛn abo? Yɛbɛnantew nnansa ɔkwan akɔ sare so, na yɛakɔbɔ afɔre ama AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛnea waka akyerɛ yɛn no. Na Farao kae sɛ: Me de, mɛma mo kwan na moakɔ akɔbɔ afɔre ama AWURADE mo Nyankopɔn wɔ sare so, na akyirikyiri nko na monnkɔ; mompa kyɛw mma me. Na Mose sɛ: Hwɛ, merebefi wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na nwansena no afi Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma AWURADE. Ɛnna Mose fii Farao anim kɔe kɔpaa AWURADE kyɛw. Na AWURADE yɛɛ nea Mose kae no, na oyii nwansena no fii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka biako po. Na Farao pirim ne koma saa bere yi nso, na wamma ɔman no ankɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a, hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wuram so, na ɔde owu a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan so. Na AWURADE de nsonoe bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na nea ɛyɛ Israelfo dea no mu biara renwu. Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ eyi wɔ asase so. Na ade kyee no, AWURADE yɛɛ saa ade no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israelfo mmoa no mu biako po anwu. Na Farao soma kɔhwɛe, na hwɛ, Israel mmoa mu biako po nwui ɛ. Nanso Farao koma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose ntow mpete ahunum wɔ Farao anim, na ɛnnan Misraim asase nyinaa so tutuw, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru Misraim asase nyinaa so. Na wɔsesaw fononoo mu nso, na wokogyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdan nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru. Na mpobia no nti akɔmfo no antumi annyina Mose anim, efisɛ mpobia no asisi akɔmfo no ne Misraimfo nyinaa. Na AWURADE pirim Farao koma, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Ma me man nkɔ nkɔsom me. Na afei de, merema me haw nyinaa aba wo koma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so. Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so. Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so. Woda so ma wo ho so na wusiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ, hwɛ, ɔkyena sesɛɛ mɛma ɔsoro abo a emu yɛ duru pa a ɛso bi mmaa Misraim da fi da a wɔhyɛɛ ase de abedu nnɛ yi atɔ. Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wuram mmra ntɛm; onipa biara ne afieboa biara a wobehu no wuram na wɔamfa no amma ofie no, ɔsoro abo no gu wɔn so a, wobewuwu. Farao nkoa mu nea osuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa guan baa ofie; na nea wammu AWURADE asɛm no gyaw ne nkoa ne ne mmoa wɔ wuram. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na ɔsoro abo ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wuram nhaban nyinaa so wɔ Misraim asase so. Na Mose teɛɛ ne poma kɔɔ ahunmu, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro abo bae, na ogya porow guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro abo tɔɔ Misraim asase so. Na ɔsoro abo ne ogya a ɛdɛw framfram toatoam a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da fi da a ɛyɛɛ ɔman no bae. Na ɔsoro abo no guu Misraim asase nyinaa so, nea ɛwɔ wuram nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na ɔsoro abo no guu wuram nhaban nyinaa so, na ebubuu wuram nnua nyinaa. Gye Gosen asase a Israelfo wɔ hɔ no so nko na ɔsoro abo no bi antɔ. Ɛnna Farao soma bɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔtreneeni, na me ne me man ne abɔnefo. Mompa AWURADE kyɛw, na Onyankopɔn aprannaa ne ɔsoro abo no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio. Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mifi adi mifi kurow no mu ara pɛ a, mɛtrɛw me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to betwa, na ɔsoro abo no antɔ bio, na woahu sɛ AWURADE na asase wɔ no. Na wo ne wo nkoa de, minim sɛ munnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn ɛ. Na eguu asaawa ne atoko so, nso na atoko no ayɛ mmɛtem, na asaawa nso reyɛ agu nhwiren. Na awi ne kɔkɔte de, angu so bi, efisɛ ɛno ka akyiri. Na Mose fii Farao nkyɛn, na ofii kurow no mu kɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne abo no to twae, na osu gyaee asase no so gu. Na Farao hui sɛ osutɔ ne amparuwbo ne aprannaa no to atwa no, ɔsan yɛɛ bɔne bio, na ɔhyɛɛ ne koma den, ɔno ne ne nkoa. Na Farao koma pirimii ara, na wamma Israelfo no ankɔ, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mahyɛ ne koma ne ne nkoa koma den, na mayi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ wɔn mu, na woaka nea meyɛe wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnne a miyii adi wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba asom, na moahu sɛ mene AWURADE. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Wobɛkame wo ho asebrɛ wɔ m'anim akosi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma mmoadabi aba w'asase yi so, na wɔabɛkata asase ani a obi renhu asase ani, na wɔabedi nnikae a amparuwbo no gyaw ma ɛka maa mo no, na wɔabedi nnua a ɛrefefɛw ama mo wɔ mfuw mu no nyinaa, na wɔabɛyeyɛ w'afi mu ne wo nkoa nyinaa afi mu ne Misraimfo nyinaa afi mu amaama sɛnea w'agyanom ne w'agyanom agyanom nhuu bi pɛn fi da a wɔbaa asase so de bedu nnɛ. Na ɔdan ne ho fii Farao anim. Ɛnna Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn ara na oyi nteetee yɛn ara nkosi? Ma nnipa no nkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. So wunnya nhui sɛ Misraim resɛe? Na wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE mo Nyankopɔn. Hefo ne wɔn a wɔbɛkɔ no? Na Mose kae sɛ: Yɛde yɛn mmofra ne yɛn mpanyin na ɛrekɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛrekɔ, efisɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: A, ɛnne AWURADE nni mo akyi ɛ, sɛ merema mo ne mo mma akɔ yi. Maahu sɛ bɔne na mopɛ sɛ moyɛ yi. Dabida! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom Awurade, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpam wɔn fii Farao anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmoadabi no nti teɛ wo nsa wɔ Misraim asase so, na wɔmmra Misraim asase so, na wɔmmɛwe asase no so nhaban nyinaa, nea amparuwbo no gyawee no nyinaa. Na Mose teɛɛ ne poma wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apuei mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na ade kyee na apuei mframa no de mmoadabi no aba. Na mmoadabi no baa Misraim asase no nyinaa so, na wobeguu Misraim asase no so nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmae pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyi nso ebi remma saa bio. Na wɔkataa asase no nyinaa ani ma esum duruu asase no so, na wodii asase no so nhaban nyinaa ne nnua a amparuwbo no gyawee no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ momono wɔ nnua mu ne mfuw mu nhaban mu wɔ Misraim asase no so nyinaa. Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne. Na afei, fa me bɔne firi me prɛko yi nko, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na onyi owu yi nko mfi me so. Na ofii Farao anim kɔe kɔpaa AWURADE kyɛw. Na AWURADE maa atɔe mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa mmoadabi no kɔe, na ɛde wɔn koguu mmɛw po mu; mmoadabi no biako po anka Misraim asase no so baabiara. Na AWURADE pirim Farao koma, na wamma Israelfo no ankɔ. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a woso mu a ɛbɛyɛ yiye. Na Mose teɛɛ ne nsa kɔɔ ahunmu, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. Obiara anhu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfo nyinaa de, wonyaa hann wɔ nea wɔte hɔ. Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nguan ne mo anantwi nko na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ. Na Mose kae sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔde a wokum na wɔhyew nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte po; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn de, yennim nea yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yedu hɔ ansa. Na AWURADE pirim Farao koma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ. Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Fi me so kɔ, hwɛ wo ho yiye, na nhu m'anim bio; na da a wubehu m'anim no, wubewu. Na Mose buae sɛ: Yiw mate! Meremma w'anim bio. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw biako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyi no, ɔbɛma moafi ha akɔ; ɔbɛma moakɔ koraa, ɔpam mpo na ɔbɛpam mo afi ha. Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmea mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne. Na AWURADE maa ɔman no anim yɛɛ nyam wɔ Misraimfo anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛse pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim. Na Mose kae sɛ: Sɛ Awurade se ni: Anadwo dasu mu no, mefi adi mafa Misraim, na Misraim asase so mmakan nyinaa bewuwu, efi Farao abakan a ɔtena n'agua so, so de kosi afenaa a ɔwɔ owiyammo akyi abakan ne mmoa mmakan nyinaa so. Na osu kɛse a ɛso bi mmae da, na ɛso bi remma bio bɛba Misraim asase nyinaa so. Na Israel mma nyinaa de, ɔkraman po rentwe ne tɛkrɛma nhyɛ wɔn, efi nnipa so kosi mmoa so, na moahu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam. Na wo nkoa yi nyinaa besian aba me nkyɛn abɛkotow me aka sɛ: Fi adi kɔ, wo ne ɔman a edi w'akyi no nyinaa. Na ɛno akyi no mefi makɔ. Na ɔde abufuhyew fii Farao nkyɛn kɔe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m'anwonwade adɔɔso wɔ Misraim asase so. Na Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao koma, na wamma Israelfo no amfi n'asase so ankɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ: Momfa ɔsram yi nyɛ asram ti, na ɛnyɛ mo afe mu ɔsram a edi kan. Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Ɔsram yi da a ɛto so du no, wɔmfa nguammaa mmiako mmiako, sɛnea wɔn mpanyin fi tetee; ofi biako oguammaa biako. Na sɛ ofi no mufo nnɔɔso sɛ wobedi oguammaa a, ma ɔne nea ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛnea akra no dodow te. Monkenkan oguammaa so nnipa, sɛnea ɛbɛso wɔn di. Oguammaa a onni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nguanten anaa mmirekyi mu. Na momfa no nsie nkodu ɔsram yi da a ɛto so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkunkum wɔn anwummere. Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wobedi wɔ mu no apongua abien ne aponguatifi no ho. Na wonni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwenenwene nni. Munnni no amono, na mommfa nsu nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto, ne ti ne n'asrɛ ne n'ayamde no. Na munnnyaw bi nnsie na ade nnkye so; na sɛ ebi ka na ade kye so a, momfa ogya nhyew. Na sɛnea munni no ni: Monkyekyere mo asen, na mo mpaboa nhyehyɛ mo anan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na munni no hare so. Ɛyɛ AWURADE twam. Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE. Na mogya no nyɛ sɛnkyerɛnne mma mo, afi a mowowɔ mu no mu; na sɛ mihu mogya no a, matwa mo ho, na merebɔ Misraim asase a, amane bi amma mo so ammɛsɛe mo. Na ɛda yi nyɛ mo nkae, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awo ntoatoaso mu. Monyɛ no afahyɛ, daa atɔremude. Nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no ara na momma mmɔkaw to ntwa mo afi mu, efisɛ obiara a obedi mmɔkaw abodoo fi da a edi kan no de kosi da a ɛto so ason no, wobetwa saa ɔkra no afi Israel mu. Na da a edi kan no munhyia nhyia kronkron, na da a ɛto so ason no nso munhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye nea obiara bedi nko ho adwuma na monyɛ. Na monhyɛ apiti fa no, efisɛ saa da yi ara na miyii mo dɔm no mifii Misraim asase so. Ɛno nti munni da yi mo awo ntoatoaso mu nyɛ no daa atɔremude. Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere no mumfi apiti di ase nkosi ɔsram no da a ɛto so aduonu biako anwummere. Nnansɔn na mommma wonnhu mmɔkaw wɔ mo afi mu, efisɛ obiara a obedi abodoo a akaw no, ɔhɔho oo, nea wɔwoo no asase no so oo, wobetwa saa ɔkra no afi Israel asafo mu. Munnni biribiara a akaw, munni apiti wɔ mo tenabea nyinaa. Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi nguan mfa, sɛnea mo mmusua te, na munkum twam no. Na momfa adwerɛ kasiaw mmɔ mogya a ɛwɔ yawa mu no mu, na momfa yawa no mu mogya no bi nsra aponguatifi ne apongua abien no ho, na mo mu biara mmfi adi mmfi ne fi pon ano nkosi anɔpa. Efisɛ AWURADE rebetwam abobɔ Misraimfo, na sɛ ohu mogya no wɔ aponguatifi ne apongua abien no ho a, AWURADE betwa ɔpon no ho, na ɔrento ɔsɛefo no kwan mma ɔmma mo afi mu mmɛbobɔ mo. Na munni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛde mma wo ne wo mma nkosi daa. Na ɛba sɛ mudu asase a AWURADE de bɛma mo sɛnea ɔkae no so a, munni ɔsom yi so. Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi ase ne dɛn a? Monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma AWURADE a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfo na oyii yɛn afi fii mu no. Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfo no siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no, saa ara na wɔyɛe. Na anadwo dasu mu no AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, efi Farao abakan a ɔtena n'agua so so de kosi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so, ne afieboa mmakan nyinaa. Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfo nyinaa, na osu kɛse baa Misraim, efisɛ na ofi biara nni hɔ a funu nni mu. Na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kae sɛ: Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛnea mokae no. Mo nguan ne mo anantwi nso, momfa wɔn, sɛnea mokae no, na monkɔ, na munhyira me nso. Na Misraimfo piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfi asase no so, efisɛ wose: Yɛn nyinaa rewuwu. Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛrekaw kyekyeree wɔn mmɔre akorow wɔ wɔn ntama mu de sisii wɔn kɔn ho. Na Israelfo no yeyɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wobisabisaa Misraimfo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama. Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfo anim, na wɔde nea wobisae maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfo agyapade no kɔe. Na Israelfo no siim fii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahorow ahansia, mmofra mfra mu. Na afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe, ne nguan ne anantwi, mmoa pii pa. Na wɔde mmɔre a wɔde fi Misraim bae no totoo apiti fam, na ɛnkawee ɛ, efisɛ Misraimfo no pam wɔn, na wɔantumi antwentwɛn wɔn nan ase, na wonsiesiee akwansoduan nso ɛ. Na Israelfo tena a wɔtenaa Misraim no si mfirihyia ahanan aduasa. Na mfe ahanan aduasa no awiei no, da no ara na AWURADE asafo no nyinaa fii Misraim asase so. Ɛyɛ anadwo a wodi ma AWURADE a oyii wɔn fii Misraim asase so no, anadwo no ara na wodi ma AWURADE wɔ Israelfo nyinaa mu wɔn awo ntoatoaso mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Eyi ne twam no ho ahyɛde: Ɔnanani biara nnni bi. Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi. Mo nkyɛn tenafo ne ɔpaani nnni bi. Ofi biako mu na wonni, wɔmmfa nam no bi mmfi fie hɔ mmfi adi, na mummmu ne dompe bi. Israel asafo nyinaa nyɛ saa. Na sɛ obi abɛsoɛ wo nkyɛn hɔho na ɔpɛ sɛ odi twam ma AWURADE a, ma wontwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmmɛn mmedi, na ɔnyɛ sɛ nea wɔwoo no asase no so; na momonoto biara de, onnni bi. Mmara koro nna hɔ mma okuroni ne ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu. Na Israelfo nyinaa yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛe. Na da no ara, AWURADE yii Israelfo no fii Misraim asase so, sɛnea wɔn asafo te. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mode fii Misraim fii nkoafi mu no, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Awurade de yii mo fii hɔ, na munnni mmɔkaw abodoo. Ɛnnɛ da yi, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo so na morefi Misraim. Na sɛ AWURADE de wo nya du Kanaanfo ne Hetifo ne Amorifo ne Hewifo ne Yebusifo asase a ɔkaa w'agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo, asase a nufusu ne wo sen so no so a, ɛno de, fa ɔsom yi som no ɔsram yi so. Nnansɔn na di apiti, na da a ɛto so ason no, hyɛ fa ma AWURADE. Wonni apiti nnansɔn no, na mma wonnhu wo nkyɛn mmɔkaw abodoo anaa mmɔkaw w'asase so baabiara. Na da no bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Nea AWURADE yɛɛ me bere a mifii Misraim no ntia. Na ɛnyɛ wo wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ade, na AWURADE mmara no atena w'anom, efisɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo fii Misraim. Enti di atɔremude yi so wɔ ne bere mu afe daa. Na sɛ AWURADE de wo du Kanaanfo asase so, sɛ ɔkaa wo ne w'agyanom ntam, na ɔde ma wo a, yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE. Na mfurum mmakan nyinaa de, fa oguan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa de, sesa gye wɔn. Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Eyi ase ne dɛn, a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn Misraim fii nkoasom mu. Na Farao pirim ne koma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakɔ no, AWURADE kum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa mmakan so kosi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ebue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔre, nanso me mma mu mmakan nyinaa de, mesesa gye wɔn. Na ɛnyɛ wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ntamabamma, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn fii Misraim. Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifo asase so kwan a ɛnware no, efisɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankohyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansan ankɔ Misraim. Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe. Na Mose faa Yosef nnompe no, efisɛ Yosef aka Israelfo ntam sɛ: Ɔhwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfi ha nkɔ. Na wosiim fii Sukot kɔbɔɔ nsra wɔ Etam, wɔ sare no ano. Na AWURADE dii wɔn anim, awia, omununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔanantew awia ne anadwo. Na omununkum dum no antwe ne ho awia, na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfi ɔman no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfo ma wɔnnan nkɔbɔ nsra wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentenso na monkɔbɔ nsra no wɔ po no ano. Na Farao bɛka Israelfo ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, sare aka wɔn atom. Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa. Na wɔka kyerɛɛ Misraim hene sɛ ɔman no aguan kɔ. Na Farao ne ne nkoa koma sakrae wɔ ɔman no ho, na wose: Ɛdɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som kɔ yi? Na osiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho, na ɔfaa nteaseɛnam a wɔapaw ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene. Na AWURADE pirim Misraim hene Farao koma ma otiw Israelfo no, efisɛ Israelfo no nam nsa a ɛyɛ den so na efi kɔe. Na Misraimfo tiw wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n'apɔnkɔsotefo ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔabɔ nsra wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim. Na Farao bɛnee no, Israelfo no momaa wɔn ani so, na hwɛ, Misraimfo di wɔn akyi reba. Na Israelfo no suroe pii, na wosu frɛɛ AWURADE. Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: So adamoa a enni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yemmewuwu sare so yi? Ɛdɛn nti na woyɛɛ yɛn sɛɛ, sɛ wuyii yɛn fii Misraim bae yi? Ɛno ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no ni? Efisɛ eye ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sen sɛ yɛrebewuwu sare so yi. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio. AWURADE bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɛdɛn na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo ma wonsim. Na wo de, ma wo poma no so, na teɛ wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfo no nnantew asase kesee so mfa po no mfinimfini. Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so, na Misraimfo no ahu sɛ mene AWURADE sɛ mahyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so. Ɛnna Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim no twee ne ho bedii wɔn akyi, na omununkum dum no fii wɔn anim begyinaa wɔn akyi, na ebefii Misraim dɔm ne Israel dɔm no ntam, na ɛyɛ omununkum ne sum, nanso ɛma hann anadwo, na amma eyinom antumi ammɛn eyinom anadwo no nyinaa. Na Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu bae. Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum. Na Misraimfo no tiw wɔn, na wodii wɔn akyi kɔɔ ɛpo no mfinimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo nyinaa. Na anɔpa srabere mu no, AWURADE faa ogya ne mununkum dum no mu hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraw wɔn, na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa ɛpo no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfo no so. Ɛnna Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so, na ade rekye anɔpa no, ɛpo no san n'akyi bɛsenee sɛnea ɛte, na Misraimfo no guan behyiae; na AWURADE kaa wɔn guu po no mfinimfini. Na nsu no san akyiri bɛkataa Farao dɔm nyinaa, nteaseɛnam ne apɔnkɔfo a wotiw wɔn baa ɛpo no mu no so; wɔn mu biako mpo anka. Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum. Na AWURADE gyee Israel nkwa da no fii Misraim nsam, na Israel huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu gu po no ano. Na Israel huu nsa kɛse a AWURADE de kyerɛɛ Misraim so no, na ɔman no suroo AWURADE, na wogyee AWURADE ne n'akoa Mose dii. Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa AWURADE kae sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu. M'ahoɔden ne me dwonto ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m'agya Nyankopɔn, na mɛma no so. AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din. Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, watow wɔn agu po mu, na n'akofo a wɔapaw wɔn no, wɔamemmem mmɛw po mu. Ebun akata wɔn so, wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ ɔbo. AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam, AWURADE wo nsa nifa no dwerɛw atamfo no. Na wo tumi a ɛso no ara na wode butuw wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no. Wosoma w'abufuhyew ba, ɛhyew wɔn sɛ sakran. Na wo hwene mu ahome mu na nsu no ano boae; asorɔkye gyinae sɛ ekuw, abun kyekyeree ɛpo yam. Ɔtamfo no kae sɛ: Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn. Wode wo mframa huwii, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu. Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo. Woteɛɛ wo nifa, asase menee wɔn. Wode w'adɔe gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w'ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea. Aman tee, na wɔn ho wosowee, ahopopo kaa wɔn a wɔte Filistia. Ɛno na Edom asafohempanyin ho dwiriw wɔn, Moab ahoɔdenfo no, nketenkete kitaa wɔn, Kanaanfo nyinaa hodwowee. Ehu ne osuro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔbo, kosi sɛ wo man betwam, AWURADE, kosi sɛ ɔman a wunyaa wɔn no betwam. Wode wɔn bɛba abɛtɛw wɔn, w'agyapade bepɔw no so, AWURADE, nea wode hɔ ayɛ wo tenabea, kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no. AWURADE bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa. Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no mu nsu no san bɛkataa wɔn so, na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini. Na odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron ne nua no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw fii dii n'akyi. Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim anuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu. Ɛnna Mose maa Israel tu fii mmɛw po ho na wofi kɔɔ Sur sare so; na wɔnantew sare no so nnansa, na wonnya nsu. Na woduu Mara no, na wontumi nnom Mara nsu, efisɛ ɛyɛ nwene. Enti wɔtoo hɔ din Mara Na ɔman no kasae huhuhuhu hyɛɛ Mose sɛ: Dɛn na yɛnnom? Na osu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu, na nsu no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛde ne atemmu maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛe, na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no. Na woduu Elim a nsubura dumien ne nkyeresia aduɔsɔn wɔ. Na wɔbɔɔ nsra wɔ nsu no ho. Na wotu fii Elim, na Israelfo asafo no nyinaa baa Sin sare a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wofii Misraim asase so no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dadu nnanum ne no. Na Israelfo asafo mu no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sare so hɔ. Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wobedi me mmara so anaasɛ wɔrenni. Na da a ɛto so asia no, wɔresiesie nea wɔfa no a, ɛnyɛ nea wɔtase daa no mmɔho. Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa sɛ: Anwummere na mubehu sɛ Awurade na oyii mo Misraim asase so; na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn? Na Mose se: Awurade bɛma mo nam adi anwummere, ne aduan adi amee anɔpa, efisɛ Awurade ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom Awurade. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn Awurade anim, efisɛ wate mo anwiinwii no. Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfo anwiinwii no. Ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anwummere mubedi nam, na anɔpa moadi aduan amee, na moahu sɛ mene Awurade mo Nyankopɔn. Na anwummere no, mmoka maa wɔn ho so bae bɛkataa nsra no so; na anɔpa no, obosu guu nsra no ho hyiae. Na obosu a egui no kɔɔ ɔsoro, na hwɛ, biribi nkorowankorowa nketenkete gugu sare no ani, nketenkete te sɛ fam bosu nkyenkyenee. Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn ni? Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni. Nsɛm a Awurade ahyɛ ni: Montase bi sɛnea obiara bedi: Omer mmiako mmiako, sɛnea mo nnipa dodow si na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntamadan mu no. Na Israelfo no yɛɛ sa; na wɔtasee, ebinom de pii, ebinom de kakraa bi. Na wɔde omer susuwii, na nea ɔtasee pii no annya akyiri bi, na nea ɔtasee kakraa bi no, anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛnea wobedi. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnyaw bi mmma ade nnkye so. Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaw bi ma ade kyee so; na ɛdɔɔ mmoawa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuw wɔn. Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛnea obedi; na owia mu yɛ den a, na anan. Na da a ɛto so asia no, wɔtasee aduan no mmɔho, obiako de omer abien. Na asafo no mu mpanyimfo nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Mose. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa. Na wɔde siei kosii anɔpa, sɛnea Mose hyɛe no; na ammɔn, nso mmoawa bi nni mu. Na Mose kae sɛ: Munni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wodi ma Awurade; ɛnnɛ morenhu bi wuram. Nnansia na montase, na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda, ɛda no de, ebi rentɔ. Na da a ɛto so ason no, nkurɔfo no mu bi fii adi sɛ wɔkɔtase, nanso wɔannya bi. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛkame m'ahyɛde ne me mmara so di akosi da bɛn? Monhwɛ, sɛ Awurade ama mo homeda nti na da a ɛto so asia no ɔma mo nnanu aduan; montenatena mo afi mu; mma obiara mmfi adi mmfi ne tenabea da a ɛto so ason no. Ɛnna ɔman no homee da a ɛto so ason no. Na Israelfo frɛɛ no: Mana, nso ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. Na Mose kae sɛ: Asɛm a Awurade ahyɛ ni: Momfa ebi nhyɛ omer ma mfa nsie awo ntoatoaso a ɛbɛba mo akyi no, na wɔahu aduan a mede memaa mo dii wɔ sare so bere a miyii mo Misraim asase so no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana omer ma gu mu, fa si Awurade anim, na wɔmfa nsie mo awo ntoatoaso. Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanse no anim sɛ wɔde resie. Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so. Nso omer yɛ olonka abupɛn du mu biako. Na Israelfo asafo no nyinaa tu fii Sin sare so, wɔn atutena a wodii no AWURADE anom asɛm so no mu, na wɔbɛbɔɔ nsra wɔ Refidim; nso na nsu a ɔman no bɛnom nni hɔ Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ? Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi? Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Dɛn na menyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasiw me abo. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sen di ɔman no anim, na fa Israel mpanyin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ asu no kura wo nsam kɔ. Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim. Na Israelfo no ham ne ɔsɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛe sɛ: So AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ onni yɛn mu no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba, ase ne: Sɔhwɛ ne Ɔham. Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim. Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na fi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me de, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam. Na Yosua yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ no no ne Amalek kɔkoe, na Mose ne Aaron ne Hur foroo koko no kɔɔ atifi. Na sɛ Mose ma ne nsa so a, na Israel adi nim, na sɛ ogyaa ne nsam a, na Amalek adi nim. Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔbo de too n'ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur susoo ne nsa mu, obiako wɔ ha, na obiako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kosii sɛ owia tɔe. Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrante ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw eyi hyɛ nhoma bi mu fa yɛ nkae, na ka hyɛ Yosua asom sɛ ɔpopa na mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase. Na Mose sii afɔremuka, na ɔtoo din Yahwe Nisi, (ase ne: Awurade ne me frankaa), na ɔkae sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bedi ako afi awo ntoatoaso so de akosi awo ntoatoaso so. Na Yetro, Midian sɔfo a ɔyɛ Mose n'ase no tee nneɛma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛnea AWURADE ayi Israel afi Misraim no. Na Yetro, Mose n'ase no, faa Mose yere Sipora a wama wasan kɔ no ne ne mmabanin baanu no, obiako din de Gersom, (efisɛ ose: Mayɛ amannɔne hɔho), na obiako din de Eliesa, (efisɛ ɔkae se: M'agya Nyankopɔn ne me boafo, na wayi me afi Farao nkrante ano). Na Yetro, Mose n'ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ sare no so, nea wabɛbɔ nsra hɔ, Onyankopɔn bepɔw no ho. Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w'ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn. Na Mose fii adi kohyiaa n'ase, na ɔkotow no few n'ano, na wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntamadan mu. Na Mose kaa nneɛma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amane a ɛtoo wɔn ɔkwan no so nyinaa, ne sɛnea AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n'ase. Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ oyii wɔn fii Misraimfo nsam no nyinaa ho. Na Yetro kae sɛ: Nhyira nka AWURADE a oyii mo fii Misraimfo ne Farao nsam no. Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm. Na Yetro, Mose n'ase, de ɔhyew afɔre ne okum afɔre brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanyin nyinaa bae sɛ wɔne Mose n'ase rebedidi wɔ Onyankopɔn anim. Na ade kyee no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu ɔman no atɛn; na ɔman no gyinaa Mose ho fi anɔpa kosii anwummere. Na Mose n'ase no huu nea ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkae sɛ: Dɛn ne nea woreyɛ ɔman no yi? Ɛdɛn nti na wo nko wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho fi anɔpa abedu anwummere yi? Na Mose ka kyerɛɛ n'ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bebisa me hɔ Onyankopɔn ho akwankyerɛ. Sɛ wonya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mibu onipa ne ne yɔnko ntam atɛn, na mekyerɛ wɔn Onyankopɔn ahyɛde ne ne mmara. Na Mose n'ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Nea woyɛ yi nye. Ɔbrɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, efisɛ ade yi yɛ duru dodo ma wo, na wo nko worentumi nyɛ. Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w'akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn, na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara horow no mu, na ma wonhu ɔkwan ko a wɔmfa so ne nea wɔnyɛ. Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin. Na wonsiesie ɔman no mu nsɛmbere nyinaa mu; na asɛnkɛse biara de, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa de, wɔn ara wonni na ama ayɛ wo so hare, na wɔne wo aso mu. Sɛ woyɛ eyi na Onyankopɔn hyɛ wo saa a, ɛno na wubetumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo. Ɛnna Mose tiee n'ase asɛm no, na ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so ne du du so mpanyin. Na wosiesie ɔman no mu nsɛm bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii. Na Mose kogyaa n'ase kwan, na ɔkɔɔ n'ankasa asase so. Da a Israelfo siim fii Misraim asase so no, ne sram a ɛto so abiɛsa so pɛpɛɛpɛ na woduu Sinai sare so. Na wotu fii Refidim no, wɔbaa Sinai sare so bɛbɔɔ nsra sare no so; na Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ. Na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na AWURADE fi bepɔw no so frɛɛ no sɛ: Sɛnea ka kyerɛ Yakob fi, na ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi. Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m'apam so a, ɛnne mobɛyɛ m'agyapade a ɛsom bo aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo. Na Mose bae bɛfrɛɛ ɔman no mpanyimfo, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim. Na ɔman mu no nyinaa buae prɛko sɛ: Nea AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose san kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me de, mereba wo nkyɛn omununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akosi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade; na wonsiesie wɔn ho nsie da a ɛto so abiɛsa; na ɛda a ɛto so abiɛsa no, AWURADE besian ɔman no nyinaa anim aba bepɔw Sinai so. Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yiye na moamforo bepɔw no anaasɛ moanka ne hye. Obiara a ɔbɛka bepɔw no, owu na obewu; nsa biara nnka no, abo na wonsiw no anaasɛ mmɛmma na wɔntotow no; sɛ aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa. Sɛ wɔhyɛn torobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔw no. Na Mose sian fii bepɔw no so baa ɔman no nkyɛn, na odwiraa ɔman no ho, na wɔhoroo wɔn ntade. Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munsiesie mo ho nsie da a ɛto so abiɛsa no. Monnkɔ mo yerenom ho. Na da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne omununkum duruduru ne torobɛnto nne a ɛyɛ den yiye baa bepɔw no so. Na ɔman a wɔwɔ nsra no mu nyinaa ho popoe. Na Mose de ɔman no fii adi fii nsra no mu kohyiaa Onyankopɔn, na wokogyinagyinaa bepɔw no ase. Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na AWURADE nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri. Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so. Na AWURADE sian baa Sinai bepɔw so wɔ bepɔw no atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no atifi, na Mose foro kɔe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔanhwirew mu amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ. Na asɔfo nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE antow anhyɛ wɔn so. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔw so, efisɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔw no ho hyeban na yɛ no kronkron. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sian kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfo no ne ɔman no nnhwirew mu mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wantow anhyɛ wɔn so. Na Mose sian baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn. Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ: Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no. Nnya anyame foforo nka me ho. Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so, na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe. Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. Kae homeda, na yɛ no kronkron. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w'ade nyinaa; na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔho a ɔwɔ wo fi apon mu. Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron. Di w'agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni wo yɔnko ho adansekurum. Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Na ɔman no nyinaa huu aprannaa ne anyinam a ɛpaepae ne torobɛnto nne ne bepɔw a efi wusiw no. Na ɔman no hui no, wɔn ho popoe, na wokogyinaa akyirikyiri. Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne. Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twiw bɛn sum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu sɛ mifi soro na me ne mo akasa. Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa. Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo. Na sɛ worebɛyɛ abo afɔremuka ama me a, mfa abo a wɔatwa nsi; na sɛ woma w'adwinnade so bɔ so a, woagu ho fi. Na mforo atrapoe nkɔ m'afɔremuka so, na w'adagyaw anna adi wɔ so. Na eyinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nkodi kwa. Sɛ ɔno nko na ɔbae a, ɔno nko na ɔnkɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ne yere no ne no nkɔ. Sɛ ne wura ama no ɔyere, na wawo mmabanin anaa mmabea ama no a, ɔbea no ne ne mma no nyɛ ne wura de, na ɔno nko nkɔ. Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mikodi a, ɛnne ne wura no mfa no mmra Onyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɔpon ho anaa apongua ho, na ne wura no mfa fitii mfiti n'asom, na ɔnsom no daa. Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea kɔyɛ afenaa a, ɛnne ɔmmfa ne ho nnkodi sɛ nkoa no. Sɛ ɔnsɔ ne wura a ogyee no aware no ani a, ɔmma wommegye no, na onni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, efisɛ wadaadaa no. Na sɛ ogye no aware ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔba. Sɛ ogye ɔfoforo ma no a, ɔmmma n'anoduan, ne nkataho ne n'aware so nnhuan. Na sɛ wanyɛ ade abiɛsa yi amma no a, ɛnne omfi nkɔ kwa; sika bi nni mu. Nea ɔbɔ onipa ma owu no, okum na wonkum no. Na sɛ wantɛw no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnne meyi baabi mama wo, na waguan akɔ hɔ. Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko kum no anifere mu a, yi no m'afɔremuka ho na onwu. Nea ɔbɔ n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no. Nea owia onipa tɔn no anaasɛ wohu no ne nsam no, okum na wonkum no. Nea ɔdome n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no. Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko bo anaa kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a, sɛ ɔsɔre bio so ne poma mu nantew fi adi a, ɛnne nea ɔbɔɔ no no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ, ne mmere a wasɛe no nko ho ka na ontua, na ɔsa na ɔmma wɔnsa no yare. Na sɛ obi bɔ n'akoa anaa n'afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, ɔwere na wonni no. Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wonnni no were, efisɛ ɔyɛ ne sika. Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, na ɔmma sɛnea atemmufo no bɛkyerɛ. Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnne ma ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu, ɔhyew nsi ɔhyew ananmu, apirakuru nsi apirakuru ananmu, atape nsi atape ananmu. Na sɛ obi bɔ n'akoa aniwa anaa n'afenaa aniwa na ɛsɛe a, n'aniwa no nti ɔmfa ne ho nkodi. Na sɛ otu n'akoa se anaa n'afenaa se a, ne se no nti ɔmma ɔmfa ne ho nkodi. Sɛ nantwi pem ɔbarima anaa ɔbea ma owu a, ɛnne wonsiw nantwi no abo, na wonnni ne nam, na nantwi no wura no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. Na sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakokum ɔbarima anaa ɔbea a, wonsiw nantwi no abo, na ne wura no nso, wonkum no. Sɛ wobegye no mpata a, ɔmma ade biara a wobegye no mfa nnye ne kra. Ɔbabanin na osii no oo, ɔbabea na osii no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no. Sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, ɔmma ne wura dwetɛ, nnwetɛbona aduasa, na wonsiw nantwi no abo. Na sɛ obi kobue abura ano anaasɛ obi kotu amoa na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔhwe mu a, amoa no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na funu no nyɛ ne dea. Na sɛ obi nantwi si ne yɔnko nantwi na owu a, wɔntɔn nantwi nikanfo no na wɔnkyɛ ne tiade no mu, na funu no nso wɔnkyɛ. Anaasɛ, sɛ wonim sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwi nsi nantwi no ananmu, na funu no nyɛ ne dea. Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwi anum nsi nantwi biako no ananmu, ne nguan anan nsi oguan biako no ananmu. Sɛ wohu owifo sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no ade na owu a, wonni ne mogya ho fɔ; na sɛ owia pue no so de a, wobedi ne mogya ho fɔ. Ananmu na onsi; sɛ onni biribi a, ne korɔn no nti wɔntɔn no. Sɛ wohu akorɔnne wɔ ne nsam, sɛ nantwi oo, afurum oo, oguan oo, na ɔyɛ anikan a, ommu mmɔ ho nsi ananmu. Sɛ obi ma wodi afuw anaa bobe turo bi mu ade anaa ogyaa n'aboa ma okodi obi afuw mu ade a, ɔmfa n'ankasa afuw mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ensi ananmu. Sɛ ogya dɛw na ɛkɔso nsɔe mu, na ɛhyew awi afiafi kuw anaa awi a egyina hɔ anaa afuw a, ɔhyɛ na nea ɔsɔɔ ogya no nhyɛ ananmu. Sɛ obi de sika anaa nneɛma ma ne yɔnko asie na wowia wɔ onipa no fi na wohu owifo no a, ommu mmɔ ho nhyɛ ananmu. Sɛ wɔanhu owifo no a, wɔmfa ofiwura no mmra Onyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no ade no anaa. Mmarato ho asɛm biara, nantwi de oo, afurum de oo, oguan de oo, atade de oo, ade a ayera biara a obi bɛka sɛ “ɛne no” de oo, Onyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Nea Onyankopɔn bebu no fɔ no, ɔmmɔ ho abien nhyɛ ne yɔnko no ananmu. Sɛ obi de afurum, sɛ nantwi, sɛ oguan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na owu anaa opira anaasɛ wɔka no to wuram na obi anhu a, AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko ade anaa? Na ɔdede no mpene na obiako no nhyɛ ananmu. Na sɛ owia na wowiae wɔ ne nkyɛn a, ɔnhyɛ ɔdede no ananmu. Sɛ ɔtetew na aboa bi tetew no a, ɔmfa mmra mmedi adanse; na ɔnnhyɛ nea wɔatetew no no ananmu. Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na opira anaasɛ owu, na ɔdede no ho nni mu a, ɔhyɛ na ɔnhyɛ ananmu. Sɛ ɔdede no ho wom a, ɔnnhyɛ ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na n'apaadi na ɛma ɛbae. Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wonnyee no aware ne no da a, ma ɔmma tiade na ɔnware no. Sɛ n'agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛnea wɔma mmaabun tiade no. Mma ɔbayifo nntena ase. Obiara a ɔne aboa bɛda no, okum na wonkum no. Nea ɔbɛbɔ afɔre ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnsɛe no korakora. Na ɔhɔho de, mmɔ no atirimmɔden, nso nhyɛ no so, efisɛ mo nso moakɔyɛ ahɔho Misraim asase so pɛn. Monnhyɛ ɔbeakunafo anaa ayisaa so. Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no, na m'abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa. Sɛ wofɛm me man mu ɔbrɛfo bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, nyɛ no sɛ ɔpempensifo; munnnye no mfɛntom. Sɛ wugye wo yɔnko ntama awowa a, san fa ma no ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɛno nko ne ne nkataho, ne honam ntama. Dɛn na ɔmfa nna? Na sɛ, osu frɛ me a, metie, efisɛ mmɔborohunufo ne me. Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panyin nso, nnome no. Wo nnɔbae ne wo nnuaba mu nsu mu adekan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me. Saa ara na yɛ w'anantwi ne wo nguan; nnansɔn na ɔne ne na ntena, da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me. Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na munnni nam bi a wɔatetew mu wɔ wuram; montow nkyene mma akraman. Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse. Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani. Na ohiani nso, nhwɛ n'anim wɔ n'asɛm mu. Sɛ wokɔto wo tamfo nantwi anaa n'afurum sɛ wafom kwan a, fa no san brɛ no. Sɛ wuhu nea okyi wo afurum sɛ ɔhyɛ n'adesoa ase a, hwɛ yiye na woannyaw no amma no, ɔsan na wo ne no nsan no. Nnan wo hiani asɛm ani wɔ atemmu mu. Twe wo ho fi atosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum nea ɔnyɛɛ bɔne bi ne ɔtreneeni, efisɛ meremmu ɔbɔnefo bem. Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm. Na nhyɛ ɔhɔho so, na mo ara munim ɔhɔho kra, efisɛ mo nso moayɛ ahɔho Misraim asase so pɛn. Mfe asia na dua w'asase so aduan, na boaboa nnɔbae no ano sie; na nea ɛto so ason no so de, ma ɛnhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafo nni, na nea wobegyaw no, wuram mmoadoma mmedi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo. Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye. Nea maka mo nyinaa, munni so. Na anyame foforo din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anom. Mpɛn abiɛsa na hyɛ fa ma me afirihyia mu. Di apiti nnapa no. Nnansɔn na di apiti, sɛnea mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo mu bere a wɔahyɛ no, efisɛ ɛno mu na wufii Misraim bae; nso obi mmfa nsapan mmmepue m'anim; ne otwa nnapa no, w'ade a wuduae w'afum no mu aba a edi kan de no; ne anoboa nnapa no, afe awiei a woaboaboa w'adwumade ano afi mfuw mu no. Wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyakopɔn anim mpɛn abiɛsa afirihyia. Mfa m'afɔre mogya mmɔ afɔre ngu mmɔkaw so, na mma ade nnkye m'afahyɛ mu srade so. W'asase so aba a edi kan mu adekan, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu. Hwɛ, meresoma ɔbɔfo adi w'anim akɔhwɛ wo ɔkwan mu, na ɔde wo akodu nea masiesie hɔ no. Hwɛ wo ho yiye wɔ n'anim, na tie ne nne; nnwen nhyɛ no, na ɔremfa mo mmarato mfiri mo, efisɛ me din wɔ no mu. Na sɛ wutie ne nne ampa na woyɛ nea meka nyinaa a, ɛnne mɛyɛ w'atamfo tamfo na mahiahia w'ahohiafo ho. Na me bɔfo no bedi w'anim de wo akodu Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hewifo ne Yebusifo so, na matu wɔn magu. Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛe nso, na ka wɔn gu korakora, na bubu wɔn adum. Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu. Worenhu nea ɔpɔn anaa obonin wɔ w'asase so; wo nna dodow no mɛma adu. Mɛma me ho hu adi w'anim, na mama aman a wobɛkɔ wɔn so no nyinaa agyigya, na mama w'atamfo nyinaa adan wɔn akyi akyerɛ wo. Na mɛsoma nkotokurodu adi w'anim, na wɔapam Hewifo ne Kanaanfo ne Hetifo no wɔ w'anim. Merempam wɔn w'anim afe koro, na asase no annan amamfo, na wuram mmoadoma ammɛdɔɔso anhyɛ wo; nkakrankakra na mɛpam wɔn w'anim akosi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no. Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim. Wo ne wɔn ne wɔn anyame mmpam. Mma wɔnntena w'asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo afiri. Na Mose de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. Na Mose nko ntwiw mmɛn AWURADE, na wɔn de, wonntwiw mmmɛn, na ɔman no ne no mmforo mmma. Na Mose bae bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a Awurade aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose kyerɛw Awurade nsɛm no nyinaa. Na otuaa ahema sii afɔremuka bepɔw no ase, ne adum dumien, sɛ Israel mmusuakuw dumien no ano te. Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE. Na Mose de mogya no fa guguu nyowa mu, na mogya no fa no nso ohwie guu afɔremuka no so. Na ɔfaa apam nhoma no, na ɔkenkan guu ɔman no asom. Ɛnna wose: Nea AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yebetie. Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ose: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa so no mogya ni. Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn foro kɔe. Na wohuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ ade a wɔde hoa bo a emu tew ayɛ, na ne hanahana te sɛ ɔsoro pa ara. Na wanteɛ ne nsa anka Israelfo mu atitiriw no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wodidii na wɔnomee. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn. Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. Na ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Mo de, montena ha ntwɛn yɛn nkosi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma ɔmmra wɔn nkyɛn. Na Mose foro kɔɔ bepɔw no so, na omununkum bɛkataa bepɔw no so. Na AWURADE anuonyam bɛtenaa Sinai bepɔw so, na omununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose. Na wɔhwɛ AWURADE anuonyam no a, ɛte sɛ ogya a ɛhyew ade wɔ bepɔw no atifi wɔ Israelfo no anim. Na Mose kɔɔ omununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔw no so; na Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmmɛma me soma afɔrebɔde. Obiara a ne koma ka no nkyɛn na munnye me soma afɔrebɔde. Na eyi ne soma afɔrebɔde a munnye wɔn nkyɛn no: sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafrae, ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fufu ne mmirekyi nwi, ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua, kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhuam a wɔhyew ho nnuru, apopobibiri abo ne abo a wɔde besisi asɔfotade no ne adɛbo no mu no. Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu. Sɛnea me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa tebea no nyinaa no, saa ara na monyɛ no. Na wɔmfa ɔkanto nyɛ adaka a ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankare twa ho hyia. Na gu sika nkaa anan, na fa tuatua ne nan anan no ho; nkaa abien nni ɔfa ha, na nkaa abien nni ɔfa ha. Na fa ɔkanto sinsen mpoma, na fa sika dura ho. Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no. Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wonnyiyi mmfi mu. Na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ adaka no mu. Na fa sika amapa yɛ mpata agua, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Na yɛ sika kerubim abien, ɔboro adwuma na fa yɛ, na fa sisi mpata agua no ti abien no so. Na yɛ kerub biako wɔ ti ha ne kerub biako wɔ ti ha. Mpata agua no mu na momma kerubim no nyi adi wɔ ne ti abien no so. Na kerubim no ntrɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata agua no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata agua no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ. Na fa mpata agua no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ. Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam maka wo nneɛma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfo no nyinaa. Na fa ɔkanto yɛ ɔpon, ne tenten basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn biako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankare twa ho hyia. Na yɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyia, na fa sika hankare twa mfomfamho no ho hyia. Na yɛ sika nkaa anan, na fa nkaa no sisi ntwea anan a ɛwowɔ ne nan ho no so. Mfomfamho no ase pa ara na nkaa no nni, na ɛnyɛ nea wɔde mpoma bewurawura mu de asoa ɔpon no. Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɔpon no. Na yɛ ɛso nsanka ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde behwie; sika amapa na fa yɛ. Na fa kyerɛ abodoo sisi ɔpon no so wɔ m'anim daa yi. Na fa sika amapa yɛ kaneadua; ɔboro adwuma na fa yɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren no nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfi ɛno ara mu. Na nsa asia ntuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa ntuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa nso ntuatua ɔfa ha. Nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho. Na kaneadua no ho, nhwiren nkuramu a ɛte sɛ ɔsonkoran de anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Na kukuduuduu nsisi nsa abien abien a etuatua ho no ase, wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no mu no ase. Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfi mu ara, ne nyinaa sika amapa na wɔmfa nyɛ no ɔboro adwuma biako. Na yɛ ɛso akanea asɔn, na wɔmfa n'akanea no nsisi so, na ɛnnɛw wɔ anim nkyerɛ fa hɔ. Na ɛho adabaw ne ho nso nkukuwa nyɛ sika amapa. Sika amapa dwetikɛse biako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nneɛma yi nyinaa. Na hwɛ na yɛ no sɛnea ne nsusuwso a wɔde akyerɛ wo bepɔw no so no te no. Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni. Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunan, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii nyɛ biako. Wɔmfa ntama no anum ntoatoa so, biako ntoa biako so; na ntama no anum nso ntoatoa so, biako ntoa biako so. Na fa bibiri bobɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so. Saa ara na yɛ wɔ ntama a edi akyiri no mmuano so ntoae a ɛto so abien no so. Nhentia aduonum na bobɔ wɔ ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na bobɔ wɔ ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no nni mmɔanim. Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntama no biako ntoa biako so, na tenabea no nyɛ biako. Na fa mmirekyi nwi yɛ ntama, na fa yɛ tenabea no so ntamadan; yɛ no ntama dubiako. Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunum, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii nyɛ biako. Na fa ntama no mu anum toatoa yɛ no biako, na fa asia nso toatoa yɛ no biako, na bukaw ntama a ɛto so asia no ma ɛnkata ntamadan no so wɔ anim. Na bobɔ nhentia aduonum wɔ ntama biako a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae no so, ne nhentia aduonum nso wɔ ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so. Na yɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no suso nhentia no mu, na ma ntamadan no ntoa nyɛ biako. Na ntamadan no ntama nkae a ɛboro so no, ntama fa no a aka no, nsensɛn tenabea no akyi. Na ntamadan no ntama no tenten no mu basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛn tenabea no nkyɛn mu ne nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so. Na fa adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntamadan no nkataso, na fa sukraman nhoma yɛ ɛno so nkataso. Na fa ɔkanto yɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ. Taaboo biako tenten nyɛ basafa anum, na taaboo biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Nan abien ntuatua taaboo biako ase, na biribi nsuso nan biako ne biako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboo nyinaa ho. Na yɛ tenabea no ntaaboo no: Ntaaboo aduonu nni nifa fam nkyerɛ nifa. Na yɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan, nnyinaso abien abien nhyehyɛ ntaaboo no mmiako mmiako ase mma ne nan abien abien no. Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ntaaboo aduonu na enni hɔ, ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, ntaaboo no mmiako mmiako ase nnyinaso abien abien. Na tenabere no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, yɛ hɔ ntaaboo asia. Na yɛ tenabea no akyi twea abien no so ntaaboo abien. Na ɛmpam ho mfi fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkodu ne hin so wɔ nea kaa a edi kan no tua hɔ; saa na n'abien nyinaa nyɛ, na enni twea abien no so. Na ɛnyɛ ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia, taaboo biako ase nnyinaso abien ne taaboo biako no ase nnyinaso abien. Na fa ɔkanto yɛ mmeamu; anum nyɛ tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de, na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no nkyɛn biako no ntaaboo no de, na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔe fam ntaaboo no de. Na mfinimfini mmeamu a ɛfa ntaaboo no mfinimfini no ntwam mfi ti nkodu ti. Na ntaaboo no, fa sika duradua ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso. Na si tenabea no sɛnea ne nsusuwso a wɔayi akyerɛ wo bepɔw no so no te no. Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ mmɔhɔɔ; ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no. Na fa sensɛn ɔkanto adum anan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ensisi dwetɛ nnyinaso anan so. Na fa mmɔhɔɔ no sensɛn nsoam no ase, na fa Adanse adaka no besi mmɔhɔɔ no akyi, na mmɔhɔɔ no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo. Na fa mpata agua no si Adanse adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. Na fa ɔpon no si mmɔhɔɔ no anim, na kaneadua no nni ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu nifa fam, na fa ɔpon no si nkyɛn mu benkum fam. Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwene nkyeremu fa yɛ ntamadan no ano nkataano. Na fa ɔkanto adum anum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkoro nyɛ sika, na fa kɔbere nnyinaso anum gu ase. Na fa ɔkanto yɛ afɔremuka no: ne tenten basafa abien ne fa ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa; afɔremuka no nyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nso nyɛ basafa biako ne fa. Na yɛ ne mmɛn sisi ne twɔtwɔw anan so; emu ara na ne mmɛn no mfi, na fa kɔbere dura ho. Na yɛ ɛho nseaa a wɔde ne nso begu mu, ne ne sesaw ade ne ne nkora ne n'adinam ne ne nsramma kukuwa, ɛho nneɛma nyinaa, kɔbere na fa yɛ. Na fa kɔbere nwene ntontan wɔ ho, sɛnea wɔnwene ɔtan, na yɛ ɔtan no so kɔbere nkaa anan wɔ ne twea anan no so. Na fa si afɔremuka no bamma ho wɔ ase, na ɔtan no nnu afɔremuka no mfinimfini. Na sinsen afɔremuka no ho mpoma, ɔkanto mpoma, na fa kɔbere duradura ho. Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔremuka no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. Fa ntaaboo yɛ, na emu nna ɔkwan. Sɛnea wɔakyerɛ wo bepɔw no so no, saa ara na wɔnyɛ no. Na yɛ tenabea no adiwo! Na adiwo mmɔhɔɔ a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwene a ne tenten si basafa aduonum nni hɔ wɔ ɔfa biako wɔ nifa fam a ɛkyerɛ nifa, ne n'adum aduonu ne ne nnyinaso aduonu a wɔde kɔbere ayɛ; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae nyɛ dwetɛ. Saa ara nso na benkum fam tenten mu no, mmɔhɔɔ a ne tenten basafa aduonum ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu nni; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae no nyɛ dwetɛ. Na adiwo no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔe fam no, mmɔhɔɔ basafa aduonum anum nni hɔ; n'adum du ne ne nnyinaso du. Na adiwo no tɛtrɛtɛ a edi anim fam a ɛkyerɛ apuei nyɛ basafa aduonum anum: nkyɛn ha mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa; na nkyɛn ha nso mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa. Na adiwo no ano pon no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; n'adum anan ne ne nnyinaso anan. Adum no a etwa adiwo no ho hyia nyinaa mmeae a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere. Adiwo no tenten nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonum anum, na ne korɔn nso basafa abien ne fa; mmɔhɔɔ no nyɛ nwera a wɔafira n'asaawa, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere. Tenabea no ho som nyinaa mu adwinni nyinaa ne ne mmofunnua nyinaa ne adiwo no ho mmofunnua nyinaa nyɛ kɔbere. Na wo nso hyɛ Israelfo no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo gyenennyenen, na wɔmfa nsɔ kanea no, na akanea no nsisi so daa yi; na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ a ɛkata Adanse no anim no anim, mfi anwummere nkosi anɔpa wɔ AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛde a Israelfo nni so, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfi Israelfo mu mmra wo nkyɛn, na wɔabɛyɛ m'asɔfo: Aaron, Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar, Aaron mma no. Na pam kronkronyɛ ntade ma wo nua Aaron, anuonyam ne fɛw so. Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa koma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntade no, na wɔmfa nyɛ no kronkron, na onni me sɔfo. Na ntade a wɔmpam ni: Adɛbo ne asɔfotade ne batakari ne atade yuu a wɔanwene no adamadam ne abotiri ne abɔso; na wɔmpam kronkronyɛ ntade mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfo. Na wɔmfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa nyɛ. Na wɔmfa ntamanwene mu anyansadwuma so mfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotade no. Ennya mmati abien a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa. Na asɔfotade fɛfɛ no nkyekyɛmu mfi mu ara, sɛnea ne yɛbea no te, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira. Na fa apopobibiri abo abien, na kurukyerɛw Israel mma no din wɔ so. Wɔn din no asia nkɔ ɔbo biako so, na wɔn din asia a aka no nso nkɔ ɔbo biako so, sɛ wɔn awo ntoatoaso te. Abodwumfo adwuma, nsɔanode nkurukyerɛwee na fa kurukyerɛw abo abien no so, sɛnea Israel mma no din te; na fa sika mfofaano twa ho hyia. Na fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so, na ɛnyɛ nkae abo mma Israelfo no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmati abien so nkɔ Awurade anim mfa nyɛ nkae. Na yɛ sika mfofaano ne sika ntweaban abien; wɔw no mmɛsa yɛ no sɛ nhama, na fa ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa no hyehyɛ mfofaano no so. Na yɛ atemmu adɛbo, ntamanwene mu anyansadwuma, yɛ no sɛnea asɔfotade no yɛbea te; sika, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ. Ɛnyɛ ahinanan, na wommukaw nto so; ne tenten nyɛ nsama, na ne trɛw nyɛ nsama. Na fa abo sisi mu, abo kyerɛpɛn anan: kyerɛpɛn a edi kan nyɛ bogyanambo, akratebo ne ahabammonobo; na kyerɛpɛn a ɛto so abien no nyɛ nsramabo, hoabo ne bɔwerɛbo; na kyerɛpɛn a ɛto so abiɛsa no nyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo; na kyerɛpɛn a ɛto so anan no nyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no, sika mfofaano ntwa ho nhyia. Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te. Na fa sika amapa yɛ adɛbo no so ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa sɛ nhama. Na yɛ adɛbo no so sika nkaa abien, na fa nkaa abien no hyehyɛ adɛbo no twea abien so. Na fa sika mmɛsa abien no toatoa adɛbo no twea so nkaa no mu. Na mmɛsa abien no ano abien a aka no, fa toatoa mfofaano abien no mu, na fa hyehyɛ asɔfotade no mmati abien no so anim fam. Na yɛ sika nkaa abien fa hyehyɛ adɛbo no twea abien no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotade no. Na yɛ sika nkaa abien bio fa hyehyɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae no, asɔfotade no nkyekyeremu no so. Na wɔmfa bibiri nhama nkyekyere adɛbo no nkaa no nsuso asɔfotade no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotade no nkyekyeremu no atifi, na adɛbo no antwitwiw amfi asɔfotade no so. Na Aaron nsoa Israel mma din atemmu adɛbo no mu ne koma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkae daa yi. Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmu adɛbo no mu, na sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfo no atemmu ne koma so, AWURADE anim daa. Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotade no ase batakari. Na tokuru nna mfinimfini wɔ n'atifi, na wɔmfa ntamabena a wɔanwene mman tokuru no ano nhyia te sɛ nkatabo mu tokuru, na ansuane. Na mmuano no so no wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi nyɛ ateaa aba sɛso ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛn ntam ntam nhyia. Sika adɔmma ne ateaa aba, sika adɔmma ne ateaa aba ntwa batakari no mmuano ho nhyia. Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛn kronkronbea hɔ AWURADE anim na ofi adi a, wɔate ne nnyigyei na wanwu. Na boro sika amapa tratraa, na kurukyerɛw so sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE. Na fa fam bibiri hama so, na ɛntena abotiri no so; abotiri no anim na ɛmfam. Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusu biara a aba akronkronne a Israelfo yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛde kronkron nyinaa mu no; na ɛntena ne moma so daa, na ama AWURADE ani asɔ wɔn. Na nwene nwera adamadam atade yuu no, na yɛ nwera abotiten, na yɛ adenwene abɔso. Na Aaron mma no nso, yɛ ntade ma wɔn, na yɛ abɔmu ma wɔn, na yɛ abotiri bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ. Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfo, na dwira wɔn, na wonni me sɔfo. Na yɛ nwera ntwakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagyaw so mfi asen nkosi nsrɛkyiri. Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔremuka no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔanni mmusu na wɔanwu; ɛnyɛ daa atɔremude mma no ne n'asefo a wobedi n'akyi no. Na eyi na yɛ fa dwira wɔn, na wonni me sɔfo: Fa nantwiforo biako ne adwennini abien a wonni dɛm, ne apiti abodoo ne tetare a wɔagu mu ngo, ne apiti fam a wɔasra ho ngo; awisam na fa yɛ. Na fa gu kɛntɛn biako mu, na engu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini abien no. Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn. Na fa ntade no hyɛ Aaron, atade yuu ne asɔfotade ase batakari ne asɔfotade ne adɛbo no, na fa asɔfotade no nkyekyeremu no bɔ ne mu, na fa abotiten no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛde no fam abotiten no anim, na fa ɔsra ngo hwie gu n'atifi fa sra no. Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntade yuu. Na fa abɔso bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotiri; na asɔfodwuma nyɛ wɔn de sɛ daa atɔremude: sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo. Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwi no atifi. Na kum nantwi no AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na fa nantwi no mogya no bi, na fa wo nsatea bɔ mu sra afɔremuka no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔremuka no ase. Na yi srade a ɛkata ayamde no ho nyinaa ne nea ɛsensɛn mmerɛbo no ho no, ne asaabo abien no ne ɛso srade no, na hyew afɔremuka no so. Nantwi no nam ne ne nhoma ne ne bin de, fa ogya hyew nsra no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔre. Na fa odwennini biako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia. Na twitwa odwennini no asinasin, na hohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho, na fa gu n'asinasin no ne ne ti so. Na hyew odwennini mu no nyinaa afɔremuka no so. Ɛyɛ AWURADE hyew afɔre, ade a eyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre. Na fa odwennini biako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. Na kum odwennini no, na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobeti ano ne wɔn nan nifa kokurobeti ano, na fa mogya no pete afɔremuka no ho hyia. Na fa afɔremuka no so mogya no bi ne ɔsra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntade so, ne ne mma no ne ne mma ntade nso so, na ennwira no ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade no nso. Na afei fa odwennini no srade ne ne srade dua no ne srade a ɛkata n'ayamde ho ne nea ɛsensɛn ne mmerɛbo ho ne n'asaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no, efisɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini, ne abodoo sebɔw biako ne abodoo tetare a wɔagu mu ngo biako ne ɔfam biako fi apiti kɛntɛn a esi AWURADE anim no mu, na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ohim afɔre. Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔremuka no so ɔhyew afɔre no so, na enyi hua huamhuam, AWURADE anim. Ɛyɛ AWURADE ogya afɔre. Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ohim afɔre ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa. Na yɛ Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne ɛsoma srɛ a wɔahim na wɔama so no kronkron, na ɛnyɛ Aaron ne ne mma de, daa atɔremude a efi Israelfo nsam, efisɛ ɛyɛ ɛsoma afɔre. Ɛnyɛ ɛsoma afɔre a Israel mma de fi wɔn asomdwoe afɔrebɔde mu bɔ, wɔn soma afɔre a wɔbɔ ma AWURADE. Na Aaron ntade kronkron no nyɛ ne mma de wɔ n'akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfo. Ne mma mu nea obesi n'ananmu adi sɔfo no nhyɛ no nnansɔn ansa na waba ahyiae ntamadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ. Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no nea ɛhɔ yɛ kronkron. Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne kɛntɛn no mu abodoo no, ahyiae ntamadan no ano. Na wonni nneɛma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfo na wɔde dwiraa wɔn no, nanso ɔhɔho nnni bi, efisɛ ɛyɛ kronkron. Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne abodoo no bi ka ma ade kye so a, ɛnne fa ogya hyew nea ɛkae no; wonnni, efisɛ ɛyɛ kronkron. Na sɛɛ na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛnea mahyɛ wo yi nyinaa; nnansɔn na fa hyɛ wɔn asɔfo. Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔre daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔremuka no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron. Nnansɔn na pata afɔremuka no so yɛ no kronkron, na afɔremuka no ayɛ akronkronne mu kronkron. Obiara a ɔka afɔremuka no nyɛ kronkron. Na eyi ne afɔre a bɔ afɔremuka no so: nguanten mma abien a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔre da biara da. Fa oguan ba no biako bɔ afɔre anɔpa, na fa oguan ba biako no bɔ afɔre anwummere; na fa asikresam efa abupɛn du mu biako a wɔde ngo dua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako agu so, ne bobesa susutoa abupɛn anan mu biako ahwiesa ka oguammaa biako ho. Na oguammaa biako no, fa no bɔ afɔre anwummere, na yɛ no sɛ anɔpa aduan afɔre no ne ɛho ahwiesa no, na enyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre. Ɛnyɛ daa hyew afɔre mo awo ntoatoaso nyinaa mu a mommɔ no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim, nea me ne mo behyia na me ne wo akasa hɔ. Na ɛhɔ na me ne Israelfo behyia, na wɔafa m'anuonyam so ayɛ kronkron. Na mɛma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔadi me asɔfo. Na mɛtena Israelfo mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔahu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a miyii wɔn fii Misraim asase so sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn. Na yɛ aduhuamhyew muka, ɔkanto na fa yɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn biako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara. Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankare twa ho hyia. Na yɛ ɛho sika nkaa abien wɔ ne hankare no ase, wɔ n'afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa. Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na duradura ho sika. Na fa si mmɔhɔɔ a ɛwɔ Adanse adaka no ho no anim wɔ mpata agua a esi Adanse no so no anim, nea me ne wo behyia hɔ no. Na Aaron nhyew so aduhuam daa anɔpa; osiesie akanea no a, ɔnhyew aduhuam no. Na sɛ Aaron de akanea no sisi so anwummere a, ɔnhyew aduhuam no: ɛyɛ daa aduhuam a wɔnhyew no AWURADE anim, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Monnhyew so aduhuam foforo bi, ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre, na munnhwie ahwiesa nso nngu so. Na daa afirihyia mu pɛnkoro Aaron mfa bɔne ho mpata afɔre mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no so; daa afe ɔmpata wɔ so pɛnkoro, mo awo ntoatoaso nyinaa mu: ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ma AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wubu Israelfo ano hwehwɛ wɔn dodow a, wɔn kan yi mu no wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata ade mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyare bi amma wɔn mu. Nea wɔmma ni: obiara a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbona fa, sɛ kronkronbea dwetɛbona no te (dwetɛbona biako yɛ gera aduonu), dwetɛbona fa sɛ AWURADE soma afɔrebɔde. Obiara a wadi mfe aduonu ne akyiri a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mfa soma afɔrebɔde yi mma Awurade. Sɛ wɔde soma afɔrebɔde no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefo nnto so, na ohiani nso nntew dwetɛbona fa no so. Na gyigye mpata sika no Israelfo no nsam, na fa ma ahyiae ntamadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfo no nkae, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ayowa yɛ asankasɔn nso a n'ase nso yɛ ayowa, na wɔaguare mu, na fa si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na gu mu nsu. Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. Sɛ wɔrekɔhyɛn ahyiae ntamadan no mu a, wɔmfa nsu nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no abɛsom abɛbɔ ogya afɔre ama AWRADE a, wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atɔremude mma wɔn, ɔno ne n'asefo, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nso fa nnuhuam mu atitiriw, kurobow a anene nnwetɛbona ahannum, ne dupapo huamhuam saa fa, ahanu aduonum, ne mmetire huamhuam ahanu aduonum, ne bɛwewonua huamhuam ahannum, kronkronbea dwetɛbona so, ne ngodua ngo susutoa biako, na fa yɛ ɔsra ngo kronkron, adufrae a wɔafra no adufrafo nyansa mu, na ɛnyɛ ɔsra ngo kronkron. Na fa sra ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no, ne ɔpon no ne ɛho nneɛma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nneɛma no ne aduhuamhyew muka no, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn no ne ne ntaase no ho; na dwira ho ma ɛnyɛ akronkronne mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron. Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wonni me asɔfo. Na ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Eyi nyɛ ɔsra ngo kronkron mma me, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, wonnhwie nngu onipa honam so, na munnsusuw so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, ɛnyɛ kronkron mma mo. Obiara a ɔbɛfra bi a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔho no, wobetwa no afi ne man mu akyene. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhuam, aneneduru ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen, wonsusuw ne nyinaa pɛ, na fa yɛ aduhuam a wɔhyew, adufrafo nyansa so adufrae a wɔaposa a ɛyɛ gyenennyenen ne kronkron. Na siw bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanse no anim ahyiae ntamadan no mu, nea me ne wo behyia no: Ɛnyɛ mo akronkronne mu ade kronkron. Na aduhuam a worebɛyɛ yi, munnsusuw so nnyɛ bi mmfa: Ɛnyɛ wo kronkron mma AWURADE. Obiara a ɔbɛyɛ bi a ɛte sɛ ɛno ahuam ahwɛ no, wobetwa no afi ne man mu akyene. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu din mafrɛ no, na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu, sɛ ɔmfa nnwen ho ne tirim na onni sika ne dwetɛ ne kɔbere, ne abo a wosen sisi ade mu ne nnuasen mu adwinni, na onni adwinhorow nyinaa. Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa; ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no ne mpata agua no a esi so no ne ntamadan no ho ade nyinaa, ne ɔpon no ne ɛho nneɛma ne kaneadua a ɛho tew no ne ɛho nneɛma nyinaa ne aduhuamhyew muka no, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn ne ne ntaase no, ne ɔsom ntade ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no, ne ɔsra ngo no ne kronkronbea aduhuam a wɔhyew no. Wɔnyɛ no sɛnea mahyɛ wo nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na wo nso ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Me home nna no ara na munni; na ɛyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, na moahu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron. Enti munni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a obegu ho fi no, okum na wobekum no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene. Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, okum na wobekum no. Enti Israelfo no nhwɛ homeda no na wonni homeda no, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛ daa apam. Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma. Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsatea akyerɛw so. Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no. Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmabea asom mfa mmrɛ me. Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn asom no de brɛɛ Aaron. Na ogyei wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛe yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwi a wɔagu; na wɔkae sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no. Na Aaron hui no, osii afɔremuka wɔ n'anim; na Aaron paee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ. Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔ, na wo man a wode wɔn fi Misraim asase so bae no redi asɛmmɔne; wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na afei ma me kwan na me bo nhuru nhyɛ wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛse. Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, ɛdɛn nti na wo bo huru hyɛ ɔman a wode ahoɔden kɛse ne nsa a ɛyɛ den koyii wɔn Misraim asase so bae no? Ɛdɛn nti na Misraimfo nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na obeyii wɔn kɔe sɛ okokum wɔn mmepɔw so na wapra wɔn afi asase ani? San fi w'abufuhyew no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo yaw. Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ankasa wo ntam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛma w'asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede mɛma w'asefo na wɔadi so akosi daa, no. Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho. Na Mose dan ne ho sian fii bepɔw no so, na adanse apon abien no kura ne nsam, abopon a wɔakyerɛw n'afanu, wɔakyerɛw so ɛha ne ha. Na apon no yɛ Onyankopɔn adwuma, na kyerɛw no yɛ Onyankopɔn kyerɛw a wɔakurukyerɛw apon no so. Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsra no mu. Na ose: Ɛnyɛ nkonimdi ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkogu ho nteɛm gyegyeegye, na mmom dwomsogye gyegyeegye na mete yi. Na Mose bɛn nsra no na ohuu nantwi ba ne asaw no ara pɛ, ne bo fuwii, na ɔtow apon a ɛwɔ ne nsam no gui ma ɛbobɔe bepɔw no ase. Na ɔfaa nantwi ba a wɔyɛe no de gya hyewee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsu ani maa Israelfo no nomee. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Dɛn na ɔman yi yɛɛ wo na wode bɔne kɛse aba wɔn so yi? Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim. Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim asase so bae no, yennim nea ayɛ no. Na misee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bi no, wonyi. Na wɔde maa me, na metow guu gya mu, na nantwi ba yi fii mu bae. Na Mose hui sɛ ɔman no agye nsam (Aaron na ama ɔman no nneyɛe agye nsam ama wɔabɔ adapaa, wɔn atamfo anim no), ogyinaa nsraban no tia kae sɛ: Nea ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifo nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Momfa mo nkrante mmobɔ mo asen, na muntwa mu nkɔ, na monsan mmra, mfi nsra no tia nkɔ tia, na munkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfo. Na Lewifo no yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe. Na Mose kae sɛ: Monyɛ mo ho kronkron mma AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre ahyɛ ne ba ne ne nua po, na mode nhyira aba mo so nnɛ. Na ade kyee no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo de, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia metumi mapata ama mo bɔne no. Na Mose san kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkae sɛ: Ao, bɔne kɛse na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa. Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bekyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, popa me nso fi wo nhoma a woakyerɛw no mu ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nea wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpopa no mafi me nhoma mu. Na afei kɔ, na kogya ɔman no kɔ nea maka makyerɛ wo no; hwɛ, me bɔfo bedi w'anim; nanso da a mɛba mabɛhwɛ wɔn no, metua wɔn wɔn bɔne so ka. Na sɛ wɔayɛ nantwi ba a Aaron yɛe no nti, AWURADE haw ɔman no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim fi ha kɔ, wo ne ɔman a wukoyii wɔn fii Misraim bae no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: w'asefo na mede mɛma wɔn, no so. Na mɛsoma ɔbɔfo adi wɔn anim, na matu Kanaanni ne Amorini ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no, kɔ asase a nufusu ne ɛwo sen so no so; na merentena wo mu ne wo nkɔ, efisɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asen, na mammene wo ɔkwan no mu. Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wodii nkɔmmɔ, na obiara anhyɛ n'ahokekade. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfo no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asen; sɛ metena mo mu kakraa bi me ne mo kɔ a, anka mɛhyew mo; na afei munyi mo ho ahokekade, na minhu nea mɛyɛ mo. Ɛnna Israelfo no yiyii wɔn ho ahokekade fi bepɔw Horeb ho hɔ ara. Na Mose faa ntamadan no de kosii nsra no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiae ntamadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no fi adi kɔ ahyiae ntamadan no a ɛwɔ nsra no akyi no ho. Na sɛ Mose fi adi kɔ ntamadan no ho a, ɔman no nyinaa sɔresɔre kogyinagyina wɔn ntamadan ano, na wɔde Mose akyi hwɛ ara kosi sɛ ɔhyɛn ntamadan no mu. Na sɛ Mose hyɛn ntamadan no mu a, omununkum dum no sian begyina ntamadan no ano, na AWURADE ne Mose kasa. Na ɔman no nyinaa hu omununkum dum no sɛ egyina ntamadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara kotow sɔre wɔ ne ntamadan ano. Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsan ba nsra no mu a, ne somfo Nun ba Yosua a ɔyɛ abofra no de, omfi ntamadan no mu. Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ wo ara na woka kyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma minhu nea wobɛsoma no na ɔne me akɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din minim wo, na woanya m'anim dom nso. Enti mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w'anim dom; na hu sɛ nkurɔfo yi yɛ wo man a! Na AWURADE kae sɛ: M'anim ne wo bɛkɔ, na mama woakɔhome. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'anim ne yɛn renkɔ a, ɛnne mfa yɛn mfi ha nkɔ. Na ɛdɛn na wɔde behu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w'anim dom, ɛnyɛ wo kɔ a wo ne yɛn bɛkɔ no? Na me ne wo man yi adɛnsow wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo. Na Mose kae sɛ: Ɛnne, ma minhu w'anuonyam. Na ose: Mɛma me papa nyinaa asen w'anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w'anim; na medom nea medom no, na mihu nea mihu no mmɔbɔ no mmɔbɔ. Na ose: Wuntumi nhu m'anim, efisɛ onipa renhu m'anim nnya nkwa. Na AWURADE se: Hwɛ, ɔkwan wɔ me nkyɛn ha, na gyina ɔbotan no so; na sɛ m'anuonyam resen a, mede wo mɛhyɛ ɔbo tokuru mu, na mede me nsa makata wo so masen ansa, na mayi me nsa, na woahu m'akyi fam; na m'anim de, worenhu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sen abopon abien sɛ kan de no, na menkyerɛw kan apon a wobobɔe no so nsɛm no wɔ so. Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔw so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔw no atifi. Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wonnhu obiara nso bepɔw no so baabiara, na mma nguan anaa anantwi mmmedidi bepɔw no ho. Na osen abopon abien sɛ kan de no, na Mose tuaa ahema foro kɔɔ Sinai bepɔw no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa abopon abien no kuraa ne nsam. Na AWURADE nam omununkum mu sianee, na ɔne no begyinaa hɔ, na ɔpaee n'ankasa ne din YHWH (AWURADE) din. Na AWURADE betwaam n'anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH (AWURADE, AWURADE), Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, nea n'abodwo kyɛ na n'adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so. Na Mose yɛɛ ntɛm kotow fam sɔree; na ɔkae sɛ: AWURADE, sɛ manya w'anim dom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, efisɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na fa yɛn amumɔyɛ ne yɛn bɔne firi yɛn, na fa yɛn yɛ wo de. Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, me de, merepam apam: wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwonwade a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa so ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ahu AWURADE nnwuma, na ade a merebɛyɛ wo no bɛyɛ hu. Di nea mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorini ne Kanaanni ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no afi w'anim. Hwɛ wo ho yiye na wo ne nea ɔte asase a worekɔ so no so no ampam, na wɔammɛdan wo mu afiri; na mmom mummubu wɔn afɔremuka na mummuru wɔn ɔbo adum, na muntwitwa wɔn Asera nnua ngu. Na nsɔre onyame foforo bi, efisɛ AWURADE a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo: na wo ne nea ɔte asase no so ampam, na wodi wɔn anyame akyi bɔ aguaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔre a, obi ammɛfrɛ wo na woankodi n'afɔrebɔde no bi, na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman. Nyɛ anyame a wɔagu mfa. Di apiti nnapɔnna no: nnansɔn na di apiti, sɛ mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib mu, efisɛ ɔsram Abib mu na wufi Misraim bae. Ade biara a ebue ɔyafunu ano ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwi oo, oguan oo, me dea. Na afurum abakan de, fa oguan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnne bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmepue m'anim. Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no de, home, fɛntɛm bere mu ne otwa bere mu na home. Na hyɛ wo nnapɛn fa no, awitwa bere mu adekan de no, ɛne anoboa afahyɛ no, afedan mu. Afe mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim. Na metu amanaman no afi w'anim, na matrɛw w'ahye mu; na woreforo akopue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirihyia mu mpɛn abiɛsa no a, obiara ani remmere w'asase. Mfa mmɔkaw nka w'afɔre a wobɔ no mogya ho, na mma ade nnkye twam afahyɛ afɔre no so. W'asase so adekan a ɛbɛba kan no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba ne na nufu mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw nsɛm yi fa, efisɛ nsɛm yi so na migyina me ne wo ne Israelfo no apam. Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔkyerɛw apam nsɛm no, nsɛm du no, apon no so. Na Mose fi Sinai bepɔw so resian no, na adanse apon abien no kura ne nsam; nanso na Mose onnim sɛ ɔne AWURADE kasae nti, n'anim were ahyerɛn. Na Aaron ne Israelfo no nyinaa huu Mose no, na hwɛ, n'anim were hyerɛn; na wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanyimfo no nyinaa san baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae. Na ɛno akyi no, Israelfo no nyinaa twiw bae, na ɔhyɛɛ wɔn nea AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔw so no nyinaa. Na Mose ne wɔn wiee ɔkasa no, ɔde nkataanim kataa n'anim. Na sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, oyi nkataanim no de kosi sɛ obefi adi; na ofii adi bɛkaa nea wɔahyɛ no no kyerɛɛ Israelfo no. Na Israelfo no huu Mose anim were no sɛ ahyerɛn; na ɔde nkataanim no san kataa n'anim kosii sɛ ɔkɔɔ mu ne no kɔkasae. Na Mose hyiaa Israelfo asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ munni so ni: Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wobekum no. Monnsɔ ogya mo tenabere nyinaa homeda. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ ni: Munyi soma afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a ne koma ka no mfa soma afɔrebɔde mmrɛ AWURADE: sika ne dwetɛ ne kɔbere, ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi, ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua, ne kanea no ho ngo ne nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam, ne apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no. Na mo mu koma mu anyansafo nyinaa mmra mmɛyɛ ade a AWURADE ahyɛ nyinaa, tenabea no, ne ntamadan ne ne nkataso ne nkɔtɔkoro ne ne ntaaboo a esisi ho, ne mmeamu, n'adum ne ne nnyinaso; adaka no ne ne mpoma, mpata agua no ne mmɔhɔɔ a etwa mu no, ɔpon no ne ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa ne kyerɛ abodoo no, kaneadua no ne ɛho nneɛma ne n'akanea ne kanea no ho ngo, ne aduhuamhyew muka no ne ne mpoma ne ɔsra ngo no ne ɔhyew aduhuam no ne tenabea no ano nkataano no; ɔhyew afɔremuka no ne ne kɔbere ntontan no, ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa, asankasɔn no ne ne ntaase; adiwo no ho mmɔhɔɔ no, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano no, tenabea no ho mmofunnua ne ɛho ntampehama; ɔsom ntade a wɔde som kronkronbea hɔ, ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no. Na Israelfo asafo no nyinaa fii Mose anim kɔe. Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE soma afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no. Na mmarima ne mmea nyinaa, dodow a wɔn koma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne asom nkaa ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinne ahorow nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔre brɛ AWURADE, ne obiara a ne nsam wɔ bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi ne adwennini nhoma kɔkɔɔ ne sukraman nhoma no de bae; obiara a okura dwetɛ ne kɔbere mfraefrae soma afɔrebɔde ma AWURADE no de bae. Na obiara a ne nsam wɔ ɔkanto nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nneɛma no biara no nso de bae. Na mmea a wɔwɔ nyansa koma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde nea wɔtoe no bae, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa; na mmea a wɔn koma kaa wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyi nwi asaawa. Na mpanyimfo no de apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no bae, ne nnuhuam ne ngo a wɔde bɛyɛ akanea ngo ne ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam no. Na Israelfo mu mmarima ne mmea nyinaa a wɔn koma kaa wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a Awurade nam Mose so hyɛe sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamye ayɛyɛde brɛɛ Awurade. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hura ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu, na ɔde Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni nyinaa mu, sɛ onni adwinni horow, sika ne dwetɛ ne kɔbere, ne nsisimu abo mu nkurukyerɛwee ne nnua sinsen ne adwinni ahorow, na ɔde ahyɛ ne komam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso, ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu no. Wɔn na ɔde komam nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wonni adwinni horow nyinaa, sikadwumfo ne duadwumfo ne ɔnwemfo a odi bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa mu adwinni ne ntamanwemfo de: wɔn a wodi adwinni biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwinni horow. Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a wɔwɔ nyansa koma a Awurade de nyansa ne nhumu ahyɛ wɔn mu sɛ wonhu ade no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma, sɛnea Awurade ahyɛ no nyinaa. Na Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne komam anyansafo a Awurade de nyansa ahyɛ wɔn koma mu nyinaa, wɔn a wɔn koma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa. Na wogyee soma afɔrebɔde a Israelfo de bae sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamye ayɛyɛde brɛɛ no daa anɔpa. Na adwumfo a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa fi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho bae bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama nea wɔde ba adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no. Na Mose hyɛ ma wɔpaee nsra no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho soma afɔrebɔde bio. Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Efisɛ nea wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka. Na wɔn a wɔyɛ adwuma no mu komam anyansafo nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛɛ ntama du, kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni na wɔde yɛe. Ntama biara tenten si basafa dunan, na ntama biara tɛtrɛtɛ si basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii yɛ biako. Na ɔde ntama no anum toatoaa so ma biako toaa biako so, na ɔde ntama no anum nso toatoaa so ma biako toaa biako so. Na ɔde bibiri bobɔɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so, saa ara nso na ɔyɛe, ntama a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae a ɛto so abien no so; nhentia aduonum na ɔbobɔe ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na ɔbobɔe, ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no dii mmɔanim. Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no toatoaa ntama no, na tenabea no yɛɛ biako. Na ɔyɛɛ mmirekyi nwi ntama de yɛɛ ntamadan wɔ tenabea no so; ntama dubiako na ɔyɛe. Ntama biako tenten si basafa dunum, na ntama biako tɛtrɛtɛ yɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii yɛ pɛ. Na ɔde ntama no anum toatoae yɛɛ no biako, na ɔde asia nso toatoae yɛɛ no biako. Na ɔbobɔɔ nhentia aduonum, ntama a edi akyiri no mmuano so, wɔ ntoae no so, na ɔbobɔɔ nhentia aduonum nso, ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so. Na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de toatoaa ntamadan no, na ayɛ biako. Na ɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntamadan no nkataso, na ɔde sukraman nhoma yɛɛ ɛno so nkataso. Na ɔde ɔkanto yɛɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ. Taaboo biako tenten yɛ basafa anum, na taaboo biako tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn abien ne fa. Nan abien tuatua taaboo biako ase, na biribi suso nan biako ne biako no mu: saa na ɔyɛe tenabea ntaaboo no nyinaa ho. Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboo no: ntaaboo aduonu di nifa fam a ɛkyerɛ nifa. Na ɔyɛɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan; nnyinaso abien hyɛ ntaaboo no biara ase ma ne nan abien no. Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ɔde ntaaboo aduonu kosisii hɔ, ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, taaboo biara ase nnyinaso abien. Na tenabea no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, ɔde ntaaboo asia kosisii hɔ. Na ɔde ntaaboo abien kosisii tenabea no akyi ntwea no so, na ɛpam ho fi fam de rekɔ, nanso ɛyɛ mu kodu ne hin so, nea kaa a edi kan no tua hɔ. Saa na ɔyɛɛ n'abien nyinaa ntwea abien no so. Na ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboo biara ase nnyinaso abien. Na ɔde ɔkanto yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de anum, ne tenabea no nkyɛn biako no nso ntaaboo no mmeamu anum, ne tenabea no akyi, atɔe fam ntaaboo no de, mmeamu anum. Na ɔde mfinimfini mmeamu no beaa ntaaboo no mfinimfini de twaa mu fi ti koduu ti. Na ɔde sika duraduraa ntaaboo no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho. Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ mmɔhɔɔ; ɔyɛɛ no ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu. Na ɔyɛɛ ho ɔkanto adum anan, na ɔde sika duraduraa ho; ne nkoropɛe yɛ sika; na ɔde dwetɛ nnyinaso anan guu ase. Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwenee nkyeremu de yɛɛ ntamadan no ano nkataano. Na ɔyɛɛ ɛho adum anum ne nkoropɛe, na ɔde sika duraduraa n'atifi ne ne mmeae ho, na ne nnyinaso anum yɛ kɔbere. Na Besalel de ɔkanto yɛɛ adaka no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankare twaa ho hyiae. Na oguu ɛho sika nkaa anan de tuatuaa ne nan anan ho, nkaa abien wɔ ɔfa ha, na nkaa abien wɔ ɔfa ha. Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no. Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata agua no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn abien ne fa. Na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ kerubim abien ma efii mpata agua no ti abien no mu. Ɔyɛɛ kerub biako wɔ ti ha, na ɔyɛɛ kerub biako nso wɔ ti ha; mpata agua no mu na ɔmaa kerubim no fii ne ti abien no so. Na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata agua no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na kerubim no ani kyerɛkyerɛ mpata agua no so. Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon no, ne tenten basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn biako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankare hyiae. Na ɔyɛɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfomfamho no ho sika hankare hyiae. Na oguu ɛho sika nkaa anan, na ɔde nkaa no sisii ntwea anan a ɛwɔ ne nan anan ho no so. Mfomfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɔpon no wurabea no wɔ. Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɔpon no. Na ɔde sika amapa yɛɛ ɔpon no so nneɛma, ne nsanka ne ne nsankawa ne ne nkuruwa ne ne nkora a wɔde behwie. Na ɔde sika amapa yɛɛ kaneadua no, sika a wɔaboro na ɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren fi ɛno ara mu. Na nsa asia tuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha. Nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; saa ara na ɛte nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho. Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ ɔsonkoran de si anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; na kukuduuduu no wowɔ nsa abien abien a etuatua ho no ase, nsa asia a etuatua ho no ase. Ne kukuduuduu ne ne nsa tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaboro no biako. Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso akanea ason no ne ɛho adabaw ne ɛho nso nkukuwa. Sika amapa dwetikɛse biako na ɔde yɛɛ ɛne ɛho nneɛma no nyinaa. Na ɔde ɔkanto yɛɛ aduhuamhyew afɔremuka, ne tenten yɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn biako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara. Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ho sika hankare hyiae. Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa abien, ne hankare no ase, ne nkyɛn mu abien no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa. Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. Na ɔyɛɛ ɔsra ngo kronkron ne ɔhyew aduhuam gyenennyenen no, sɛnea adufrafo fra no. Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔhyew afɔremuka no, ne tenten basafa abien ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokɔ yɛ basafa biako ne fa. Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne twɔtwɔw anan no so, emu ara na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere duraa ho. Na ɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, nseaa ne sesaw ade ne nkora, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nneɛma nyinaa, ɔde kɔbere na ɛyɛe. Na ɔnwenee afɔremuka no ho kɔbere ntontan a wɔanwene no sɛ ɔtan, ne bamma no ase fi fam kodu mfinimfini. Na oguu nkaa anan tuatuaa kɔbere ntontan no ntwea anan no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no hyehyɛbea. Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde kɔbere duraduraa ho. Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔremuka no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. Ɔde ntaaboo na ɛyɛe, na emu da ɔkwan. Na ɔde kɔbere yɛɛ asankasɔn no, na ne ntaase nso yɛ kɔbere a onya fii mmea a wɔba bɛsom, ahyiae ntamadan no ano, no kɔbere nhwehwɛ mu. Na ɔyɛɛ adiwo no: nifa fam a ɛkyerɛ nifa adiwo mmɔhɔɔ a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwene, basafa aduonum, ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ; ne benkum fam mmɔhɔɔ no, basafa aduonum, n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ; ne atɔe fam mmɔhɔɔ no basafa aduonum anum, n'adum du ne ne nnyinaso du, adum no nkɔtɔkorɔ ne ne mmeae yɛ dwetɛ; ne anim fam a ɛkyerɛ apuei de, basafa aduonum anum: ɔfa ha mmɔhɔɔ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa; ne ɔfa biako no de nso adiwo no abobow ano ɔfa ha ne ha mmɔhɔɔ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa. Adiwo no mmɔhɔɔ a etwa ho hyia nyinaa, asaawa fitaa a wɔafira na wɔde yɛe, na adum no yɛ kɔbere, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ, ne ti nnuraho yɛ dwetɛ; adiwo no adum nyinaa dwetɛ mmeae na ɛbeabea ho; na adiwo no abobow ano nkataano no yɛ adenwene adwuma a wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, na ne tenten si basafa du, na ne sorokɔ wɔ ne trɛw mu si basafa abien ne fa, te sɛ adiwo no ho mmɔhɔɔ no; na n'adum anan ne ne kɔbere nnyinaso anan, ne nkoropɛe yɛ dwetɛ, na ne ti nnuraho ne ne mmeae nso yɛ dwetɛ. Na tenabea no ne adiwo no ho mmofunnua a etwa ho hyia no nyinaa yɛ kɔbere. Eyi ne tenabea no, adanse tenabea no ho nneɛma anobu, sɛnea wɔnam Mose anom asɛm so maa ɔsɔfo Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifo som no. Na Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu no yɛɛ nea AWURDE hyɛɛ Mose no nyinaa; na nea ɔka ne ho ne Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu a ɔyɛ sika ne dua dwumfo ne ɔnwemfo a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa di ntama mu adwinni. Sika a wɔde yɛɛ adwuma no nyinaa, kronkronbea no ho nnwuma nyinaa, ɔtow sika no, ano si dwetikɛse aduonu akron ne nnwetɛbona ahansɔn aduasa, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te. Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛse ɔha ne nnwetɛbona apem ahansɔn aduɔsɔn anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te: wɔn a wɔkan wɔn fraa dodow no mu a wɔadi mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa a wosi mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka biako a ɛyɛ dwetɛbona fa, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te. Na wɔde dwetɛ dwetikɛse ha no guu kronkronbea no nnyinaso ne ntwamu mmɔhɔɔ no nnyinaso no, nnyinaso ha no yɛ dwetikɛse ha, dwetikɛse biako yɛ nnyinaso biako. Na nnwetɛbona apem ahansɔn aduɔsɔn anum no, ɔde yɛɛ adum no nkoropɛe, na ɔde bi duraduraa ne ti ho, na ɔde bi beabeaa ho. Na ɔtow kɔbere no ano si dwetikɛse aduɔsɔn ne nnwetɛbona mpennu ahannan. Na ɛno na ɔde yɛɛ ahyiae ntamadan no ano nnyinaso, ne kɔbere afɔremuka ne ɛho kɔbere ntontan ne afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, ne adiwo no nnyinaso a etwa ho hyia, ne adiwo no abobow ano nnyinaso, ne tenabea no ho mmofunnua nyinaa, ne adiwo no mmofunnua a etwa ho hyia nyinaa. Na bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi no, wɔde yɛɛ ɔsom ntade a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwenee asɔfotade no. Na wɔboroo sika tratraa twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsesa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa no mu adi no adwinni. Wɔyɛɛ ɛho mmati a wɔde toa; na wɔkaa ano abien no toae. Na asɔfotade no nkyekyeremu a ɛwɔ so no, efi mu ara te sɛ n'adwinni no ara, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔyɛɛ apopobibiri abo a esisi sika nnwinne mu a wɔakurukyerɛw so nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea Israel mma din te. Na ɔde fam asɔfotade no mmati so sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae abo, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Na ɔde adwinni nwenee adɛbo no sɛ asɔfotade no adwinni no te, sika bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira; ɛyɛ ahinanan, wobukaw adɛbo no to so, ne tenten yɛ nsama na ne trɛw yɛ nsama, na wobukaw to so. Na wɔde abo kyerɛpɛn anan sisii mu; kyerɛpɛn a edi kan no yɛ bogyanam bo, akrate bo ne ahabammono bo; na kyerɛpɛn a ɛto so abien yɛ nsrama bo, hoa bo ne bɔwerɛ bo; na kyerɛpɛn a ɛto so abiɛsa yɛ akutuhono bo, mfrafrae bo ne beredum bo; na kyerɛpɛn a ɛto so anan yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinne hyiae. Na abo no ano du Israel mma no din ano, dumien, sɛ wɔn din te; ɛyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te. Na wɔde sika amapa yɛɛ adɛbo no so ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa sɛ nhama. Na wɔyɛɛ sika nnwinne abien ne sika nkaa abien, na wɔde nkaa abien no hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien so. Na wɔde sika mmɛsa abien no toatoaa nkaa abien a ɛwowɔ adɛbo no ntwea so no mu. Na wɔde mmɛsa abien no ano abien a aka no toatoaa nnwinne abien no mu, na wɔde hyehyɛɛ asɔfotade no mmati abien no so, anim fam. Na wɔyɛɛ sika nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no so, wɔ ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotade no. Na wɔyɛɛ sika nkaa abien bio de hyehyɛɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae, nguguso no nkyekyeremu no so. Na wɔde bibiri nhama kyekyeree adɛbo nkaa no susoo nguguso no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotade no nkyekyeremu no atifi, na adɛbo no antwitwiw amfi asɔfotade no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔyɛɛ asɔfotade no ase batakari no, wɔde birisi na ɛnwenee ne nyinaa. Na batakari no tokuru da ne mfinimfini te sɛ nkatabo mu tokuru, wɔde ntamabena ban tokuru no ano hyiae, na ansuane. Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi a wɔafira yɛɛ ateaa aba wɔ batakari no mmuano so. Na wɔyɛɛ sika amapa nnɔnnɔmma, na wɔde nnɔnnɔmma no sensɛn ateaa aba no ntam ntam, batakari no mmuano no so de twaa ho hyiae, ateaa aba no ntam ntam: adɔmma ne ateaa aba, adɔmma ne ateaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔde nwera fɛfɛ a wɔanwene yɛɛ ntade yuu no maa Aaron ne ne mma, ne nwera abotiten, ne nwera ahokeka abotiri, ne nwera twakoto a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, ne adenwene abɔmu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanim kronkron no, na wɔkyerɛw so nkyerɛwee sɛ nsɔanode so nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE. Na wɔde bibiri hama kyekyere fam abotiten no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔyɛɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa wiei, na Israelfo yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa; saa ara na wɔyɛe. Na wɔde tenabea no brɛɛ Mose: ntamadan no ne ɛho nneɛma nyinaa, ne nkɔtɔkoro, ne nsisiho ntaaboo, ne mmeamu ne ne nsisimu adum ne ne nnyinaso; ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ nkataso ne sukraman nhoma nkataso, ne ntwamu mmɔhɔɔ no; adanse adaka ne ne mpoma ne mpata agua no; ɔpon no ne ɛho nneɛma nyinaa ne kyerɛ abodoo no; kaneadua kronkron no, n'akanea a wɔasiesie sisi so ne ɛho nneɛma nyinaa ne kanea no ngo; ne sika afɔremuka ne ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam ne ntamadan no ano nkataano no; kɔbere afɔremuka no ne ɛho kɔbere ntontan no, ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa; asankasɔn no ne ne ntaase; adiwo no mmɔhɔɔ, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano, ne ntampehama ne ne mmofunnua, ne ahyiae ntamadan no tenabea no som ho nneɛma nyinaa; ɔsom ntade a wɔde som kronkronbea hɔ ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no. Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfo yɛɛ adwuma no nyinaa. Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛnea AWURADE hyɛe no, saa pɛ na wɔyɛe. Na Mose hyiraa wɔn. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si ahyiae ntamadan no tenabea no. Na fa adanse adaka no si mu, na fa ntwamu mmɔhɔɔ no kata adaka no ani. Na fa ɔpon no kɔ mu, na siesie nea wɔde sisi so no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa n'akanea sisi so. Na fa sika aduhuamhyew muka no kosi adanse adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛn hɔ. Na fa ɔhyew afɔremuka no si ahyiae ntamadan tenabea no ano. Na fa asankasɔn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu. Na sisi adiwo no hyia, na fa adiwo no abobow ano nkataano no sɛn hɔ. Na fa ɔsra ngo no sra tenabea no ne emu ade nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronne. Na sra ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ngo, na yɛ afɔremuka no kronkron, na afɔremuka no nyɛ akronkronne mu adekronkron. Na sra asankasɔn ne ne ntaase no ngo, na yɛ no kronkron. Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn. Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na onni me sɔfo. Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntade, na sra wɔn ngo sɛnea wosraa wɔn agya no, na wonni me asɔfo, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodi, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe. Na afe a ɛto so abien no sram a edi kan no da a edi kan no, wosii tenabea no. Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinaso na ogyinagyinaa ne ntaaboo no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ogyinagyinaa ne nsisimu adum. Na ɔyeree ntamadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntamadan no nkataso no kataa so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔfaa Adanse no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata agua no sii adaka no so; na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na osii ntwamu mmɔhɔɔ no, na ɔde kataa adanse adaka no ano, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde ɔpon no sii ahyiae ntamadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ benkum fam, wɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; na osiesiee ɛso abodoo AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde kaneadua no sii ahyiae ntamadan no mu, ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ nifa fam; na ɔde akanea no sisii so AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde sika afɔremuka no sii ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ no anim; na ɔhyew so aduhuam, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde nkataano no sɛn tenabea no ano; na ɔde ɔhyew afɔremuka no sii ahyiae ntamadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde asankasɔn no sii ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na ɔde nsu guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho. Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho; sɛ wɔkɔ ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na osii adiwo no de twaa tenabea no ne afɔremuka no ho hyiae, na ɔde adiwo no abobow ano mmɔhɔɔ no sɛn hɔ. Na Mose wiee adwuma no. Ɛnna omununkum no bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na AWURADE anuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma. Na Mose antumi anhyɛn ahyiae ntamadan no mu, efisɛ omununkum no te so, na AWURADE anuonyam ahyɛ tenabea no ma. Na Israelfo akwantu no nyinaa mu, omununkum no ma ne ho so fi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim; na sɛ omununkum no amma ne ho so a, ɛnne wontu ara kosi da a ɛma ne ho so. Efisɛ wɔn akwantu no nyinaa mu na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fi no nyinaa anim. Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra. Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani. Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyew afɔre no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no. Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia. Na ongua ɔhyew afɔre no nhoma, na ontwitwa no asinasin. Na ɔsɔfo Aaron mma no nsiesie mmabaa wɔ afɔremuka no so na wɔnsɔ ano. Na Aaron mma, asɔfo no, mfa asinasin no, botiri no ne srade no ngu afɔremuka gya no so. Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra. Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. Na ontwitwa n'asinasin no mu, ɛne ne ti ne ne srade nyinaa, na ɔsɔfo no nsiesie ngu afɔremuka no so gya no so. Na ayamde ne nnyawa no, ɔmfa nsu nhohoro ho; na ɔsɔfo no mfa ne nyinaa mmra mmɛhyew afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na sɛ n'ayɛyɛde no fi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n'ayɛyɛde mmra. Na ɔsɔfo no mfa mmra afɔremuka no ho, na ɔntew ne ti, na ɔnhyew afɔremuka no so, na wonkyi ne mogya ngu afɔremuka no ho. Na onyi ne mene ase ne nea ɛwɔ mu ntow nkyene afɔremuka no nkyɛn apuei fam, nea nso gu hɔ. Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na sɛ obi de aduan afɔre ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, n'ayɛyɛde no nyɛ asikresam, na ongu so ngo, na ɔmfa ohuamfufu nto so. Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no. Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra. Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ aduan afɔre a wɔakyew no dade so a, ma ɛnyɛ asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw; bubu mu asinasin, na hwie ngo gu so; aduan afɔre ne no. Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ kutu mu aduan afɔre a, fa asikresam ne ngo yɛ. Na fa aduan afɔre a wɔde nneɛma yi ayɛ no brɛ AWURADE; na wɔde brɛ ɔsɔfo no a, ɔmfa mmra afɔremuka no ho. Na ɔsɔfo no nyi ayɛyɛde no so nkae ade no, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE ne no. Na aduan afɔre no nkae nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronne mu adekronkron a efi AWURADE gya afɔre mu ne no. Aduan afɔre a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔkaw nnyɛ; na monnhyew mmɔkaw biara ne ɛwo biara sɛ ogya afɔre mma AWURADE. Momfa nneɛma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a edi kan mu afɔrebɔde, nanso wɔmmfa bi mmma afɔremuka no so sɛ emmeyi hua huamhuam. Na w'aduan afɔre ayɛyɛde nyinaa, to mu nkyene, na mma wo Nyankopɔn apam nkyene mmpa w'aduan afɔre mu; fa nkyene ka w'ayɛyɛde nyinaa ho. Na sɛ wode aba a edi kan ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, fa aburow mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apa ho yɛ w'aba a edi kan mu ayɛyɛde; na fa ngo gu so, na fa ohuamfufu to so: aduan afɔre ne no. Na ɔsɔfo no nhyew aburow mfuamfua a wɔapa ho no bi ne ngo no bi ne ohuamfufu no nyinaa sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ ma AWURADE. Na sɛ obi ayɛyɛde yɛ asomdwoe afɔre, na anantwi no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim. Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde no so no ne ayamde no ho srade nyinaa, ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. Na Aaron mma no nhyew, afɔremuka no so, mpae ɔhyew afɔre a egu ogya no so no, na ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na sɛ n'ayɛyɛde a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no yɛ nguan no bi a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa mmra. Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ oguammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim; na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔre mma AWURADE: ne srade ne ne sradedua mu a ontwa no pidua so pa ara ne srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa, ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so: ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ no gya so ma AWURADE. Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ abirekyi a, ɔmfa mmra AWURADE anim; na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. Na onyi bi mmra mmɛyɛ n'ayɛyɛde, AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde so no ne ayamde ho srade nyinaa; ne asaabo abien no, ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, ɛyɛ ogya afɔreduan a eyi hua huamhuam; srade no nyinaa yɛ AWURADE dea. Ɛnyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ munnni srade anaa mogya biara. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara no, na ɔkɔyɛ emu biara a, sɛ nso ɛyɛ ɔsɔfo a wɔasra no (ɔsɔfopanyin) yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnne ne bɔne a ɔyɛe nti ma ɔmfa nantwi ba onini a odi mu mmrɛ AWURADE mmɛbɔ bɔne ho afɔre. Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, AWURADE anim. Na ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwi no mogya no bi nkɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mpɛn asɔn, AWURADE anim, kronkronbea ntwamu mmɔhɔɔ no anim. Na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nkeka aduhuamhyew muka a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiae ntamadan mu no mmɛn ho, na onhwie nantwi no mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan ano no ase. Na onyi bɔne ho afɔre nantwi no srade nyinaa mfi ne ho: srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa, ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ so, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi, sɛnea woyi fi asomdwoe afɔre nantwi ho no; na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so. Na ɔmfa nantwinini no nhoma ne ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne n'ayamde ne ne n'agyanan no, nantwinini mu no nyinaa, mfi nkɔ nsra no akyi, nea ɛhɔ tew, nea wohwie nso gu, na ɔmfa ogya nhyew wɔ mmabaa so; nea wohwie nso gu na wɔnhyew. Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahintaw ɔman no, na wɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wodi so, na wohu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnne asafo no mfa nantwi ba onini mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano. Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wonkum nantwi no, AWURADE anim. Na ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwinini no mogya no bi nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu mfa mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim, ntwamu mmɔhɔɔ no anim, na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔremuka a esi AWURADE anim, ahyiae ntamadan no mu no mmɛn ho, na onhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a esi ahyiae ntamadan ano no ase. Na onyi ne srade nyinaa mfi so, na ɔnhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so. Na sɛnea ɔyɛɛ bɔne ho afɔre nantwinini no, saa ara na ɔnyɛ eyi nso; na ɔsɔfo no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn. Na ɔmfa nantwinini no mfi nkɔ nsra no akyi, na ɔnhyew no sɛnea wɔhyew kan nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔre ne no. Sɛ otitiriw bi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ no a, ɛnne ɔmfa n'ayɛyɛde a ɛyɛ ɔpapo a odi mu mmra; na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na onkum no nea wokum ɔhyew afɔre no wɔ AWURADE anim: bɔne ho afɔre nen. Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mfa bɔne ho afɔre no mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie ne mogya no ngu ɔhyew afɔremuka no ase. Na ɔnhyew ne srade nyinaa wɔ ɔhyew afɔremuka no so sɛ asomdwoe afɔre srade no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ asase no so nkurɔfo no mu biara anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ a, ɛnne, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'ayɛyɛde, abirekyibere a odi mu mmra mmɛma; na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum bɔne ho afɔre no, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ. Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nka mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka no ase. Na onyi ɛho srade sɛnea woyi asomdwoe afɔre de no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam mma AWURADE; na ɔsɔfo no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ ɔde oguammaa bɛyɛ n'ayɛyɛde aba abɛbɔ bɔne ho afɔre a, ɔmfa ɔbere a odi mu mmra; na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum no nyɛ bɔne ho afɔre, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ. Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nka bɔne ho afɔre no mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie mogya no nyinaa ngu afɔremuka no ase. Na onyi ne srade nyinaa, sɛnea woyi asomdwoe afɔre guammaa ho srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wato ntanka bi na ɔne ɛho dansefo, sɛ ohui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusu; anaasɛ sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, anaa afieboa bi a ne ho ntew funu, anaa aboaa bi a ne ho ntew funu, na onnim mpo a, ne ho agu fi, na odi so; anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afide a ama onii ko ho agu fi no te dɛn ara, na onnim mpo a, sɛ akyi no ohu a, odi so. Sɛ asɛnhunu fi onipa anom anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi, na onnim mpo a, sɛ akyi no n'ani ba ne ho so a, odi ade yi mu biara ho so; na afei, sɛ odi ade yi mu biara ho so a, ɔnka nea wayɛ mu bɔne no, na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho. Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodi ho afɔre; biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre. Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔmfa nea ɛyɛ bɔne ho afɔre no kan, na onkyim ne ti, nanso ɔnntew mmfi so; na ɔmfa bɔne ho afɔre no mogya no bi mpete afɔremuka no ho, na mogya no nkae no, ɔmfa ngu ɔhyew afɔremuka no ase: bɔne ho afɔre ne no. Na nea ɔto so abien no, ɔmfa no mmɔ ɔhyew afɔre, sɛnea ne yɛbea te. Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre. Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa mu nsa ma nyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; bɔne ho afɔre ne no. Na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nneɛma yi biara mu no ho, na wɔde befiri no; na nkae no nyɛ ɔsɔfo no de, sɛ aduan afɔre. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a ɛyɛ kusumdi AWURADE akronkronne ho a, ɛnne n'asodi afɔre a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a odi mu, sɛnea wobɛbɔ ne bo, dwetɛ nnwetɛbona mu, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; na ɛnyɛ asodi ho afɔre. Na nea wayɛ ho bɔne, akronkronne mu no, onsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ obi yɛ bɔne wɔ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu ade biako a, sɛ wanhu mpo a, odi so na ɔso ne mmusu; na ɔmfa odwennini a odi mu mmrɛ ɔsɔfo no, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre; na ɔsɔfo no mpata mma no, ɔfom a wafom na wanhu no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Asodi ho afɔre ne no; AWURADE ho so na wadi. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsan ne yɔnko ade bi a ɔde ama no asie anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔn, anaasɛ odi ne yɔnko amim, anaasɛ wahu biribi a ayera, na ɔsan, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ eyinom biara mu bɔne, na sɛ ɛba sɛ wayɛ bɔne na odi so saa a, ɔmfa ade a owiae, anaa ade a odii mu amim, anaa ade a wɔde maa no asie, anaa ade a ɛyerae a ohui, anaa ade biara a ɔkaa ho ntanhunu no nsan mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn anum mu biako mpae so mma ɔdede, n'asodi ho afɔrebɔ da no ara; na ɔmfa n'asodi ho afɔre a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfo no, nguan mu dwennini a odi mu, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre. Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho so no bɛkyɛ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Eyi ne ɔhyew afɔre ho mmara, ɔhyew afɔre no ntena asammorofi, afɔremuka no so anadwo mu nyinaa nkosi anɔpa, na wɔmma afɔremuka no so gya no nnɛw wɔ so. Na ɔsɔfo no nhyɛ ne nwera atade, na ɔnhyɛ ne nwera twakoto nkata ne ho, na ɔnsesaw nso a ɔhyew afɔre gya no hyew gyawee afɔremuka no so no ngu afɔremuka no nkyɛn. Na onyi ne ntade no, na ɔnhyɛ ntade foforo, na ɔmfa nso no mfi nkɔ nsra no akyi nkogu nea ɛhɔ tew. Na wɔmma afɔremuka so gya no nnɛw, ennnum ara da, na ɔsɔfo no nsɔ mmabaa wɔ so daa anɔpa, na onsiesie ɔhyew afɔre no wɔ so, na ɔnhyew so asomdwoe afɔre ho srade no. Ogya nnɛw afɔremuka no so daa, ennnum da. Na eyi ne aduan afɔre ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔremuka no anim. Na ɔmfa aduan afɔre no asikresam no nsa ma, ne ngo no bi ne aduan afɔre no so huamfufu nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam nyɛ nkae ade mma AWURADE. Na nkae no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wonni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiae ntamadan no adiwo na wonni. Wɔmmfa mmɔkaw mmfra nnto; wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔre mu ne no; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre. Aaron mma mu mmarima nyinaa nni; ɛnyɛ AWURADE gya afɔre horow ho daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; obiara a ɔka no nyɛ kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Eyi ne Aaron ne ne mma ayɛyɛde a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no, asikresam olonka abupɛn du mu biako nyɛ daa ayɛyɛde, anɔpa de fa na anwummere de fa. Wɔmfa ngo nkyew wɔ dadesanka mu; yɛ no nkyewa bra; yɛ no sɛ aduan afɔre a wɔatoto abubu mu asinasin bra, na enyi hua huamhuam mma AWURADE. Na ɔsɔfo a wɔbɛsra no ngo asi n'ananmu wɔ ne mma mu no na ɔnyɛ; ɛyɛ AWURADE daa ahyɛde; wɔnhyew no mu. Na ɔsɔfo no aduan afɔre nyinaa wɔnhyew no mu; wonnni bi. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ Eyi ne bɔne ho afɔre ho mmara: Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum bɔne ho afɔre de no, AWURADE anim; akronkronne mu adekronkron ne no. Ɔsɔfo a ɔbɔ bɔne ho afɔre no na onni; nea ɛhɔ yɛ kronkron na wonni wɔ ahyiae ntamadan no adiwo. Obiara a ɔka nam no nyɛ kronkron; na nea mogya no bi apete n'atade mu no nhoro nea ɛpetee mu no wɔ nea ɛhɔ yɛ kronkron. Na ahina a wɔnoae wɔ mu no, wɔmmɔ, na sɛ kɔbere sɛn mu na wɔnoae a, wontwiw mu na wɔmfa nsu nhohoro mu. Mmarima a wofi asɔfo abusua kuw mu nyinaa nni bi; ɛyɛ akronkronne mu adekronkron. Na bɔne ho afɔre a wɔde ne mogya no bi ba ahyiae ntamadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ nyinaa, wonnni; wɔmfa ogya nhyew. Na eyi ne asodi ho afɔre ho mmara; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron. Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum asodi ho afɔre no nso; na onhwie ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. Na onyi ne srade nyinaa mmra: ne sradedua, ne srade a ɛkata ayamde ho no, ne asaabo abien, ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan, omfi asaabo ho nyi; Na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so nyɛ AWURADE gya afɔre: asodi ho afɔre ne no. Mmarima a wofi asɔfo abusuakuw mu nyinaa nni; nea ɛhɔ yɛ kronkron na wonni; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron. Sɛ bɔne ho afɔre te no, sɛ asodi ho afɔre nso te ne no, mmara koro na ɛda ho; ɔsɔfo a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea. Na ɔsɔfo a ɔbɔ ɔhyew afɔre ma obi no, ɔhyew afɔre a ɔbɔe no nhoma nyɛ ɔsɔfo no dea. Na aduan afɔre a wɔto fononoo mu nyinaa, ne nea wosiesie no kutu mu ne kyew dade so nyinaa, ɔsɔfo a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea. Na aduan afɔre a wɔagu so ngo anaa nea ɛyɛ wosee nyɛ Aaron mma nyinaa de, obiara nnya sɛnea ne yɔnko nya. Na eyi ne asomdwoe afɔre a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara. Sɛ wɔyɛ no aseda afɔre de ba a, aseda afɔre a ɔde ba no nyɛ apiti tetare a wɔde ngo afɔtɔw, ne apiti fam a wɔde ngo agu so ne asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw akyew. Mmɔkaw abodoo tetare na ɔmfa nka n'ayɛyɛde ne n'asomdwoe aseda afɔre no ho mmra. Na ɔmfa ayɛyɛde no mu biara biako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfo a ɔde asomdwoe afɔre mogya petee no na ɛnyɛ ne dea. Na n'asomdwoe aseda afɔre no nam no, wonni no da a wɔde bae no ara, wonnnyaw bi nnkosi adekyee. Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ bɔhyɛ anaa ayamye ayɛyɛde a, wonni no da a ɔbɔ n'afɔre no, na sɛ ade kye bi so a, wonni ara; na afɔre no nam a ɛbɛka akosi da a ɛto so abiɛsa no, wɔmfa ogya nhyew. Na sɛ obi di n'asomdwoe afɔre nam no bi da a ɛto so abiɛsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma nea ɔde bae no, ɛyɛ akyide, na ɔkra a obedi bi no bɛsoa ne mmusu. Na nam a aka biribi a ɛho ntew no, wonnni; wɔmfa ogya nhyew. Na nam no de, obiara a ne ho tew nni bi. Na ɔkra a obedi asomdwoe afɔre a ɛyɛ AWURADE dea no nam no bi na n'afide da no so no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene. Na ɔkra bi a ɔbɛka afide biara, onipa ho afide bi oo, aboa a ne ho ntew oo, akyide biara a ɛho ntew oo, na obedi AWURADE asomdwoe afɔre nam no bi no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ Kasa kyerɛ Israelfo sɛ Nantwi ne oguanten ne abirekyi srade biara, munnni. Na aboa funu srade ne nea wɔatetew no srade, wɔmfa nyɛ adwuma biara, na odi na munnni. Na obiara a obedi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔre srade no, wobetwa ɔkra a odi no afi ne man mu akyene. Na mogya biara nso, anomaa de oo, atɔteboa de oo, munnni, mo tenabea biara mu; ɔkra biara a obedi mogya biara no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ Kasa kyerɛ Israelfo sɛ Nea ɔbɛbɔ n'asomdwoe afɔre ama AWURADE no, ɔmfa n'asomdwoe afɔre no mu ayɛyɛde mmrɛ AWURADE. N'ankasa ne nsa na ɔmfa nso AWURADE gya afɔre no mu mmra, srade ne ɔyan na ɔmfa mmra; ɔyan no, wonhim nyɛ ohim afɔre AWURADE anim. Na ɔsɔfo no nhyew srade no, afɔremuka no so, na ɔyan no nyɛ Aaron ne ne mma dea. Na ɔsrɛ nifa no, momfa nyɛ mo asomdwoe afɔre mu soma afɔrebɔde mma ɔsɔfo no. Aaron mma mu nea ɔde asomdwoe afɔre mogya ne srade ba no, ɔno na ɔsrɛ nifa no nyɛ ne kyɛfa. Na ohim yan ne ɛsoma srɛ no na mafa, Israelfo asomdwoe afɔre no mu, na mede mama ɔsɔfo Aaron ne ne mma sɛ wɔn daa kyɛfa a efi Israelfo nsam. Eyi ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a efi AWURADE gya afɔre mu, ɛda a wɔde wɔn bae sɛ wommedi AWURADE asɔfo, na AWURADE hyɛe sɛ wɔmfa mma wɔn, ɛda a wɔsraa wɔn ngo fii Israelfo mu, sɛ ɛnyɛ wɔn daa kyɛfa, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu no. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre ne nsamhyɛ afɔre ne asomdwoe afɔre a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfo sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛde mmrɛ AWURADE, Sinai sare so no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ne ntade no, ne ɔsra ngo no, ne bɔne ho afɔre nantwinini no ne adwennini abien no ne apiti kɛntɛn no. Na ma asafo no nyinaa mmɔ gua, ahyiae ntamadan no ano. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ gua, ahyiae ntamadan no ano. Na Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: Eyi ne ade a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnyɛ. Na Mose ne Aaron ne ne mma no bae, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho; na ɔde atade yuu no hyɛɛ no, na ɔde abɔmu no bɔɔ n'asen, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no nkyekyeremu no bɔɔ no so; na ɔde adɛbo no hyehyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim no hyɛɛ adɛbo no mu; na ɔde abotiten no bɔɔ ne ti, na ɔde sikatɛre no, kronkronyɛ ahyehyɛde no, fam abotiten no anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Mose faa ɔsra ngo no de sraa tenabea no ne nea ɛwɔ mu nyinaa, na ɔyɛɛ no kronkron; na ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn asɔn, na ɔsraa afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn no ne ne ntaase no ngo de yɛɛ no kronkron. Na ohwiee ɔsra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron. Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntade, na ɔde abotiri bobɔɔ wɔn, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔma wɔde bɔne ho afɔre nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne ho afɔre nantwinini no atifi. Na okum no, na Mose de ne nsatea kaa mogya no bi kekaa afɔremuka no mmɛn ho hyiae, na oyii afɔremuka no ho bɔne, na ohwiee mogya no petee afɔremuka no ase de dwirae sɛ ɔde repata so. Na ɔfaa srade a ɛwɔ ayamde no ho nyinaa, ne mmerɛbo so ntontan no, ne asaabo abien no ne ɛho srade, na Mose hyewee wɔ afɔremuka no so. Na nantwinini no ankasa ne ne nhoma ne ne nam ne ne bin no, ɔde ogya hyewee, nsra no akyi, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde ɔhyew afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi. Na okum no, na Mose hwiee mogya no petee afɔremuka no so hyiae, na otwitwaa odwennini no mu asinasin, na Mose too tiri no ne asinasin no ne awongua no mu gya; na n'ayamde ne ne nnyawa no, ɔde nsu hohoroo ho; na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔremuka no so, ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam ne no, AWURADE gya afɔre ne no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde odwennini a ɔto so abien no, nsamhyɛ afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi. Na okum no, na Mose faa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano. Na ɔde Aaron mma no bae, na Mose de mogya no bi kekaa wɔn aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ano; na Mose hwiee mogya no petee afɔremuka no so hyiae. Na ɔfaa srade no ne sradedua no ne srade a ɛwɔ ayamde no ho nyinaa ne mmerɛbo so ntontan no ne asaabo abien no ne ɛho srade ne ɔsrɛ nifa no, na ɔfaa apiti kɛntɛn a esi AWURADE anim no mu apiti tetare biako ne ngo abodoo tetare biako ne ɔfam biako de guu srade no ne ɔsrɛ nifa no so, na ɔde ne nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mma no nsa, na ohim yɛɛ ohim afɔre, AWURADE anim. Na Mose gyee wɔn nsam, na ɔtoo mu gya wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so de yɛɛ nsamhyɛ afɔre a eyi hua huamhuam: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ maa AWURADE. Na Mose faa nsamhyɛ afɔre dwennini no yan no, na ohim yɛɛ ohim afɔre, AWURADE anim; ɛyɛɛ Mose dea, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Mose faa ɔsra ngo no bi ne afɔremuka no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiae ntamadan no ano, na munni no hɔ ara, ɛne nsamhyɛ afɔre kɛntɛn no mu abodoo no, sɛnea mehyɛe sɛ Aaron ne ne mma nni no. Na nam ne abodoo no mu nea ɛbɛka no, momfa ogya nhyew. Na mummfi ahyiae ntamadan no ano nnansɔn, nkosi da a mo nsamhyɛ nna no bewie du, efisɛ nnansɔn na wɔde rehyɛ mo asɔfo. Sɛnea wɔreyɛ nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo. Na montena ahyiae ntamadan no ano awia ne anadwo nnansɔn, na monwɛn sɛnea AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu; na saa na wɔahyɛ me. Na Aaron ne ne mma no dii nsɛm a AWURADE nam Mose so hyɛe no nyinaa so. Na da a ɛto so awotwe no Mose frɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israel mpanyimfo, na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwi ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔre ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyew afɔre, wonni mu, na fa bra AWURADE anim. Na Israelfo no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔre, ne nantwi ba ne oguanten ba a wɔadi afe a wodi mu mmɛyɛ ɔhyew afɔre, ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoe afɔre, na wɔmfa mmɔ afɔre, AWURADE anim, ne aduan afɔre a wɔagu so ngo, efisɛ ɛnnɛ na AWURADE beyi ne ho akyerɛ mo. Na wɔde nea Mose hyɛe no baa ahyiae ntamadan no anim, na asafo no nyinaa twiw bae begyinaa AWURADE anim. Na Mose kae sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE hyɛe no, monyɛ, na AWURADE anuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ twiw bɛn afɔremuka no ho, na bɔ wo hyew afɔre ne wo bɔne ho afɔre, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛde bra, na pata ma wɔn, sɛnea AWURADE hyɛe no. Na Aaron twiw bɛn afɔremuka no ho, na okum ne bɔne ho afɔre nantwi ba no. Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsatea bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔremuka no mmɛn ho, na ohwiee mogya no petee afɔremuka no ase. Na bɔne ho afɔre no mu srade ne asaabo ne mmerɛbo so ntontan no, ɔtoo mu gya, afɔremuka no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na nam no ne nhoma no de, ɔde gya hyewee nsra no akyi. Na okum ɔhyew afɔre aboa no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ohwie petee afɔremuka no so hyiae. Na wɔde ɔhyew afɔre no asinasin ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyewee afɔremuka no so. Na ɔhohoroo ayamde ne nnyawa no ho, na ɔhyewee ɔhyew afɔre a ɛwɔ afɔremuka no so no so. Ɛnna ɔde ɔman no afɔre no bae, na ɔfaa bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman no de no kum no de bɔɔ bɔne ho afɔre sɛ kan de no. Na ɔde ɔhyew afɔre no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛnea yɛbea te no. Na ɔde aduan afɔre no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyewee afɔremuka no so kaa anɔpa ɔhyew afɔre no ho. Ɛnna okum nantwinini ne odwennini a ɛyɛ ɔman no asomdwoe afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ohwie petee afɔremuka no so hyiae. Na nantwinini ne odwennini no srade no, sradedua no ne nea ɛkata asaabo ho no ne mmerɛbo so ntontan no, wɔde srade no nyinaa guu ɔyan no so, na wɔhyew srade no afɔremuka no so. Na ɔyan no ne ɔsrɛ nifa no, Aaron him de yɛɛ ohim afɔre AWURADE anim, sɛnea Mose hyɛe no. Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no, na ohyiraa wɔn. Na ɔbɔɔ bɔne ho afɔre, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wiei no, osianee. Na Mose ne Aaron hyɛn ahyiae ntamadan no mu; na wofii adi no, wohyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa. Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam. Na Aaron mma Nadab ne Abihu fofaa wɔn gyasɔ ade, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim. Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew wɔn, na wowuwui AWURADE anim. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam. Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n'agya nuammarima Usiel mma Misael ne Elsafan bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntwiw mmɛn, na mommɛsoa mo nuanom no mfi kronkronbea anim nkɔ nsra no akyi. Na wotwiw bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntade mu de wɔn kɔɔ nsra no akyi sɛnea Mose kae no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛw mo ti, na munnsunsuane mo ntade mu, na moanwuwu, na abufuw amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fi nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahyew wɔn yi. Na mummfi ahyiae ntamadan no ano nso, na moanwuwu, efisɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛnea Mose kae no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛn ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa bi, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, na moahu ade kronkron ne ade a ɛnyɛ kronkron, ne ade a ɛho tew, ne nea ɛho ntew, ntam nsonoe, na moakyerɛkyerɛ Israelfo ahyɛde a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa. Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar a wɔkae no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔre mu aduan afɔre a ɛkae no, na munni no apiti, afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu adekronkron. Munni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔre ho kyɛfa ma wo ne wo mma, efisɛ saa na wɔahyɛ me. Na ohim yan no ne ɛsoma srɛ no, munni no nea ɛhɔ tew, wo ne wo mmammarima ne wo mmabea nyinaa, efisɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afi Israelfo asomdwoe afɔre mu. Ɛsoma srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka srade a wɔhyew no ho mmra, na wonhim no ohim afɔre, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo de ne wo mma de nyɛ daa kyɛfa, sɛnea AWURADE hyɛe no. Na bɔne ho afɔre papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara, nso na wɔahyew no dedaw. Na ne bo fuw Aaron mma Eleasar ne Itamar a wɔkae no, na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na moanni bɔne ho afɔre no wɔ kronkronbea hɔ? Efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusu no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim. Hwɛ, wɔamfa ne mogya no amma kronkronbea dan no mu. Anka ɛsɛ sɛ mudi no kronkronbea hɔ, sɛnea mehyɛɛ mo no. Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ a wɔde wɔn bɔne ho afɔre ne wɔn hyew afɔre aba AWURADE anim, na ade a ɛte sɛɛ abɛto me yi; na sɛ midi bɔne ho afɔre nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa? Na Mose tee no, ne koma tɔɔ ne yam. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ: Monkasa nkyerɛ Israelfo sɛ: Eyinom ne mmoa a munni wɔ asase so mmoa nyinaa mu: Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apae na wɔn tɔte mu apae koraa, na wopuw nea wɔadi wesaw no, ɛno na munni. Eyinom nko na munnni, wɔn a wopuw wesaw anaa wɔn tɔte mu apae mu: yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho ntew mma mo; ne atwaboa, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo; ne adanko, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo; ne prako efisɛ ne tɔte mu apae koraa de, nanso ompuw nwesaw, ne ho ntew mma mo. Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho ntew mma mo. Eyi ne nea munni nea ɛwɔ nsu mu nyinaa mu: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon, nsu mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na munni. Na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ade a ɛwɔ nsu mu nyinaa nkwa wɔ mu; nyɛ akyide mma mo. Na ɛnyɛ mo akyide, munnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, munkyi. Ade biara a enni ntɛtɛw ne abon nsu mu no yɛ mo akyide. Na eyinom na munkyi ntuboa mu; munnni wɔyɛ akyide, ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre, ne ɔkom ne asansa, sɛnea wɔn su te, anene ahorow nyinaa, sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te, ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛse, bakanoma, pokupoku, opete, asukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahorow, asuakwaa ne ampan. Ntuboa nyinaa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa nyɛ akyide mma mo. Nanso eyinom na munni ntuboa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛw abien wɔ wɔn nan so a wɔde huruhuruw asase so no; wɔn mu nea munni ni: Mmoadabi ahorow, abirinkran ahorow, atutuafuru ahorow, mmɛbɛw ahorow. Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan anan anan nyinaa yɛ akyide ma mo. Na eyinom na mode begu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere. Na obiara a ɔsoa wɔn funu ho biribi no, ɔnhoro ne ntade, efisɛ ne ho ntew ara kosi anwummere. Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apae, nanso emu nwie pae na wompuw nwesaw no nyinaa ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho ntew. Na mmoa a wɔnam nan anan anan so nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere. Na nea ɔsoa wɔn funu bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; wɔn ho ntew mma no. Na mmoa a wɔwea asase so mu wɔn a wɔn ho ntew mma mo ni: Kɔkɔbo, akura, aketew ahorow, ɔdan-ne-na, ɔmampam, ɔketew, sare so ketew ne ɔbosomaketew. Eyinom ne wɔn a wɔn ho ntew mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wowu a, obiara a ɔka wɔn no ho ntew kosi anwummere. Na ade biara a wɔn mu bi awu atɔ so no, ɛho ntew: dua ade biara oo, atade oo, nhoma oo, awere oo, ade biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsu mu, na ɛho ntew kosi anwummere ansa na ɛho atew. Na kuku biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, nea ɛwɔ mu nyinaa ho ntew, na kuku no nso mommɔ no. Aduan a wodi biara a nsu no bi begu mu no ho ntew, na anonne biara a wɔnom wɔ ade biara a ɛte saa mu no ho ntew. Na ade biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe so, ɛho ntew; fononoo oo, muka oo, wɔmmubu: ɛho ntew, na mummu no sɛ ɛho ntew. Nanso nsuaniwa anaa abura a nsu wom de, ɛho tew ara; na biribiara a ɛka wɔn funu na ɛho ntew. Na sɛ wɔn funu ho biribi hwe kuade a wodua biara so a, ɛho tew; na sɛ wɔde nsu gu kuade no so na wɔn funu ho biribi hwe so a, ɛho ntew mma mo. Na sɛ mmoa a mudi no bi wu a, nea ɔka ne funu no ho ntew kosi anwummere. Na nea odi ne funu no bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; na nea ɔsoa ne funu no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere. Na ade biara a ɛwea fam yɛ akyide, munnni. Ade biara a ɛnam yafunu so ne ade biara a ɛnam nan anan so kosi ade biara a ɛwɔ nan bebree so, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, munnni, efisɛ ɛyɛ akyide. Munnhura mo kra ho, mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho ntew wɔ wɔn ho. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti montew mo ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum ade biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho. Na mene AWURADE a miyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi ne ntɔteboa ne ntuboa ne aboa biara a ɛwɔ nsu mu ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ho mmara, sɛ wɔmfa mpae ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew mu, ne mmoa a wodi ne mmoa a wonni mu. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ ɔbea bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho ntew nnansɔn sɛ n'asabu nna mu a ne ho ntew no. Na da a ɛto so awotwe no, wontwa abofra no twetia. Na ɔntena ntannan mu adaduasa abiɛsa n'ahodwira mogya mu; ɔnnka adekronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kosi sɛ n'ahodwira nna bewie du. Na sɛ ɔwo ɔbea a, ne ho ntew adapɛn abien sɛ n'asabu nna mu, na ɔntena ntannan mu adaduosia asia n'ahodwira mogya mu. Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabea no a, ɔmfa oguanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, ne aborɔnoma ba anaa aturukuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra ahyiae ntamadan no ano mmɛma ɔsɔfo no. Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho ntew mfi ne mogya gugu no mu. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbea a wawo ɔbabarima anaa ɔbabea no. Na sɛ ne nsa anso ade a edu oguan ba no ano a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra mmɛma, biako nyɛ ɔhyew afɔre, na biako nso nyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, na ne ho ntew. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ biribi ba onipa honam were mu, sɛ ɔsoa oo, ntwintwamee oo, atape oo, na edidi ne honam were mu yɛ kwata ntotowee a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo Aaron anaa ne mma, asɔfo no mu biako. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔhonam were mu ntotowee no, na ntotowee no so nwi adan fitaa, na ntotowee no atotɔ mu asen ne honam were no a, ɛyɛ kwata ntotowee; na ɔsɔfo no hwɛ no a, ommu no nea ne ho ntew. Na sɛ ɛyɛ ne honam were mu atape fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔɔ mu nsen ne were no, na ɛso nwi nnan fitaa a, ɛnne ɔsɔfo no nto ɔyarefo no mu nnansɔn. Na ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nhwɛ, na sɛ ohu sɛ ntotowee no te nea ɛte na ɛnyerɛwee ne were mu a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn bio. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ no da a ɛto so ason no bio, na sɛ ntotowee no ani adum na ɛntrɛwee ne were mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho tew, ɛyɛ ntwintwamee; na ɔnhoro n'atade na ne ho ntew. Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfo wɔ n'ahotew ho no akyi no, ntwintwamee no yerɛw ne were mu a, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ no bio; na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ntwintwamee no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata. Sɛ kwata ntotowee wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo no. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ɔsoa fitaa bi wɔ were no mu a adan nwi no fitaa, na anammono repuw nsoae no mu a, ɛyɛ kwata dedaw a ɛwɔ ne honam were mu, na ɔsɔfo no mmu no sɛ ne ho ntew; ɔnnto no mu; na ne ho ntew. Na sɛ kwata no apue afi were mu akata ɔyarefo no honam nyinaa fi n'atifi kosi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfo no aniwa bɛhwɛ, na ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, kwata no akata ne honam nyinaa so a, ommu ɔyarefo no sɛ ne ho tew; ne ho nyinaa adan fitaa a, ne ho tew. Nanso bere biara a wobehu ne ho anammono no no, ne ho ntew. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ anammono no a, ommu no nea ne ho ntew; anammono no ho ntew, ɛyɛ kwata. Na sɛ anammono no san dan fitaa, na ɔba ɔsɔfo no nkyɛn, na ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no adan fitaa a, ɛnne, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; ne ho atew. Sɛ pobia si obi honam were mu na ewu, na ɔsoa fitaa bi anaa atape fitaa a ɛbere ba pobia no ananmu a, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asen were no na emu nwi adan fitaa a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata ntotowee, apue wɔ pobia no mu. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ nwi fitaa bi nni mu, na ɛntotɔɔ mu nsen were no na ani dum a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn; na sɛ ɛyerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew: ɛyɛ ntotowee. Na sɛ atape no te nea ɛte na ɛnyerɛwee a, ɛyɛ pobia no bon, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew. Anaasɛ ogya kuru bi ba ɔhonam were no mu, na kuru no so bon puduw yɛ atape a ɛhoa fitaa na emu gyigye anaasɛ ɛhoa fitaa, na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape no mu nwi adan fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asen were no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuru no mu, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew, ɛyɛ kwata ntotowee. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ nwi fitaa nni atape no mu, na ɛntotɔɔ mu nsen were no, na ani dum a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn. Na da a ɛto so ason no, ɔsɔfo no hu sɛ ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew: ɛyɛ kwata ntotowee. Na sɛ atape no te nea ɛte na ɛnyerɛwee were no mu na ani dum a, ɛyɛ ɔsoa a ogya kuru no asoa, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; na ɛyɛ ogya kuru no bon. Na ɔbarima anaa ɔbea bi, sɛ biribi tɔ n'atifi anaa ne bogyesɛ mu, na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ atɔ mu asen were no, na nwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho ntew; ɛyɛ ntutui, ɛyɛ eti anaa bogyesɛ mu kwata. Na ɔsɔfo no hwɛ ntutui ntotowee no, na sɛ ɛhɔ ntɔɔ mu nsen were no, na nwi tuntum nso nni mu a, ɔsɔfo no nto nea ntutui atotow no no mu nnansɔn. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔyarefo no da a ɛto so ason no, na sɛ ntutui no nyerɛwee na nwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutui no ntɔɔ mu nsen were no a, onyi ne ho nwi na onnyi ntutui no so, na ɔsɔfo no nto nea ntutui ayɛ no no mu nnansɔn bio. Na sɛ ɔsɔfo no hu ntutui no da a ɛto so ason no, na sɛ ntutui no nyerɛwee were no mu na ɛhɔ ntɔɔ mu nsen were no a, ɛnne, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; na ɔnhoro ne ntade na ne ho atew. Na sɛ ɛno akyi ntutui no yerɛw, na ɔsɔfo no hwɛ no, na sɛ ntutui no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no nnhwehwɛ nwi kɔkɔɔ no; ne ho ntew. Na sɛ ohu ntutui no sɛ ɛte nea ɛte na nwi tuntum afuw mu a, na ntutui no awu; ne ho tew, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew. Na ɔbarima anaa ɔbea, sɛ atape fitaa ba wɔn honam were mu, na ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape a ani dum fitaa wɔ wɔn honam were mu a, ɛyɛ yam a ayerɛw were mu; ne ho tew. Na sɛ ɔbarima bi ti pa a, ɔyɛ tipae; ne ho tew. Na sɛ ne mpampam anim fam na apa a, ɔyɛ tipae; ne ho tew. Na sɛ biribi fitaa a ɛbere tow ne tipae no mu anaasɛ ne mpampam pae no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue ne tipae anaa ne mpampam pae no mu. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee fitaa a ɛbere asoa ne tipae no anaa ne mpampam pae no mu a ɛte sɛ ɔhonam were mu kwata a, ɔyɛ ɔkwatani; ne ho ntew; obu na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ne ti so na ne ntotowee no wɔ. Na ɔkwatani a ɔyare no wɔ ne ho no nsunsuane ne ntade mu, na ɔmpɛsɛw ne ti, na ɔnkata n'ano, na ɔnteɛm sɛ: Me ho ntew, me ho ntew! Nna dodow a ɔyare no wɔ ne ho no, ɔtew na ne ho ntew; ne nko na ɔntena, na nsra no akyi na ɔntena. Na sɛ kwata ntotowee wɔ atade bi mu, sɛ ɛwɔ okuntutam anaa asaawatam, anaa nsa anaa mfa a wɔde nwene asaawatam anaa kuntutam anaa nhoma anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu, na sɛ ntotowee no biri anaasɛ ɛbere ntama anaa nhoma no anaa nsa anaa mfa no anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotowee, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no a, ɔnto ade a ntotowee no wom no mu nnansɔn. Na ɛda a ɛto so ason no, ohu sɛ ntotowee no ayerɛw atade no anaa nsa anaa mfa anaa nhoma no anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ no mu a, na ntotowee no yɛ kwata a ɛsɛe ade; ɛho ntew. Na ɔnhyew ntama no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nhoma ade biara mu na ntotowee no wɔ oo, efisɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe ade. Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ntrɛwee atade no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu a, ɔsɔfo no nhyɛ na wɔnhoro ade a ntotowee no wɔ mu no, na ɔnto mu nnansɔn bio. Na ntotowee no horo akyi no ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ani nsakrae na ɛnyerɛwee nso a, ɛho ntew, wɔmfa ogya nhyew; ani akukuw oo, akyi akukuw oo, ɛyɛ nwewee. Na sɛ ne horo akyi no ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ani dum a, ɔntew mfi ntama no anaa nsa anaa mfa no mu. Na sɛ wohu bio, ntama no mu, wɔ nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhyew nea ntotowee no wɔ mu no. Na ntama no, mfa anaa nsa anaa nhoma ade biara a wobɛhoro na ntotowee no befi mu no, wɔnhoro bio na ɛho atew. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee, kuntutam anaa asaawatam anaa nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu, na wɔde abu no ade a ɛho tew anaa ade a ɛho ntew. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wobu no sɛ ne ho atew no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfi adi nkɔ nsra no akyi; na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ kwata ntotowee no asa ɔkwatani no ho a, ɔsɔfo no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien animono ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ mma nea wɔbɛtew ne ho no mmra. Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonkum nnomaa no mu biako, asanka bi mu, mmasu so. Na anomaa nikanfo no de, ɔmfa no ne kyeneduru dua no ne adidi ne adwerɛ no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfo no mmɔ anomaa a wɔakum no mmasu so no mogya mu, na ɔmfa mpete nea abɛtew ne ho afi ne kwata ho no so mpɛn asɔn, na ɔntew ne ho, na onnyaa anomaa nikanfo no mma ɔnkɔ wuram. Na nea wɔatew ne ho no nhoro ne ntade na onyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsu nguare na ne ho atew; na ɛno akyi no, ɔmmra nsra no mu, nanso ɔntena ne ntamadan akyi nnansɔn. Na da a ɛto so ason no, onyi ne ho nwi nyinaa, ne ti ne ne bogyesɛ ne ne ntɔnka nwi nyinaa na onyi; na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne honam na ne ho atew. Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nguanten mma abien a wodi mu, ne oguammaabere biako a wadi afe a odi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma biako mmra. Na ɔsɔfo a ɔtew ne ho no mfa ɔbarima a wɔretew ne ho no ne nneɛma no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na ɔsɔfo no mfa nguanten no mu biako mmra, sɛ asodi ho afɔre, ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim; na onkum oguanten ba no nea wokum bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre hɔ, nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ asodi ho afɔre no nso yɛ asɔfo no dea, te sɛ bɔne ho afɔre, ɛyɛ akronkronne mu adekronkron. Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano. Na ɔsɔfo no mfa ngo toaa no mu bi nhwie ngu n'ankasa ne nsa benkum mu; na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsatea nka ngo no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim; na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfo no mfa bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, asodi ho afɔre mogya no so; na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no, onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim. Na ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre no, na ɔmpata mma nea wɔretew ne ho afi ne ho fi mu no; na ɛno akyi no, onkum ɔhyew afɔre aboa no; na ɔsɔfo no nhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no na ne ho atew. Na sɛ odi hia na ne nsa anso eyinom so a, ɛnne ɔmfa oguanten ba biako mmɛyɛ asodi ho afɔre nyɛ ohim afɔre mfa mpata mma no, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma, ne nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien a ne nsa bɛso so; biako nyɛ bɔne ho afɔre na biako nyɛ ɔhyew afɔre; na n'ahodwira da a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim. Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre guanten ba no ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim. Na onkum asodi ho afɔre guanten ba no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano; na ɔsɔfo no mfa ngo no ngu n'ankasa ne nsa benkum mu, na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim; na ɔsɔfo no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, nea asodi ho afɔre no mogya no wɔ no; na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim. Na ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso so no mu biako, ade a ne nsa bɛso so no mu biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre mpae aduan afɔre no so, na ɔsɔfo no mpata mma nea wɔretew ne ho no, AWURADE anim. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea kwata atotow no a ne nsa nso n'ahodwira ade so no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ mudu Kanaan asase a mede merema mo sɛ munni so no so, na sɛ mede kwata ntotowee metoto mo dibea asase no so fi bi ho a, ɛnne ofi no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfo no sɛ ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotowee wɔ me fi ho. Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonyi ofi no mu nneɛma mfi adi ansa na ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ntotowee no, na ofi no mu nneɛma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyi no ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ofi no. Na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ ntotowee no wɔ ofi no fasu ho, nkekae apopobibiri anaa akɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asen ɔfasu no a, ɔsɔfo no mfi ofi no mu mmra ɔpon ano, na ɔnto ofi no mu nnansɔn. Na sɛ ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no san ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no fasu ho a, ɔsɔfo no mma wontutu abo a ntotowee no wɔ mu no ntow ngu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew; na wɔnwerɛwerɛw ofi no mu nhyia, na wɔmfa dɔte a wɔwerɛwee no nkogu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew. Na wɔmfa abo foforo nhyehyɛ abo no ananmu, na wɔmfa dɔte foforo mma ofi no ho. Na sɛ abo no tutu ne ofi no ho wewerɛw ne ɛho ma akyi no ntotowee no san bepue ofi no mu, na ɔsɔfo no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no mu a, ɛyɛ ofi no mu kwata a ɛsɛe ade; ɛho ntew. Enti onnwiriw ofi no ngu fam, n'abo ne ne mpuran ne ofi no ho dɔte nyinaa, na ɔnsesaw mfi adi nkɔ kurow no akyi nkogu nea ɛhɔ ntew. Na nea ɔbɛkɔ ofi no mu nna a wɔato mu nyinaa mu no, ne ho ntew kosi anwummere, na nea ɔda ofie hɔ no nhoro ne ntade, na nea odidi ofie hɔ no nhoro ne ntade. Na sɛ ofi no ho ma akyi ɔsɔfo no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotowee no nyerɛwee ofi no mu a, ɛnne ɔsɔfo no mmu ofi no sɛ ɛho tew, efisɛ ntotowee no asa. Na ɔmfa nnomaa abien ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ nnwira ofi no. Na onkum nnomaa no mu biako asanka mu, mmasu so, na ɔmfa kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔakum no no mogya ne mmasu no mu, na ɔmfa mpete ofi no ho mpɛn asɔn, na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasu ne anomaa animono no ne kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi no nnwira ofi no, na onnyaa anomaa animono no kurow no akyi mma ɔnkɔ wuram, na ɔmpata mma ofi no, na ɛho atew. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee nyinaa ne ntutui, ne ntama ne ofi ho kwata, ne ɔsoa ne ntwintwamee ne atape, sɛ nkyerɛkyerɛ bere a ade ho ntew ne bere a ɛho tew mu; eyi ne kwata ho mmara. Na AURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Monkasa nkyerɛ Israelfo no nse wɔn sɛ, ɔbarima biara sɛ ne ho sen gu a, n'ahosen no nti ne ho ntew. Na nea egu ne ho fi n'ahosen no mu ni: Sɛ n'ahosen fi ne honam anaasɛ n'ahosen ma ne honam ano siw a, ɛyɛ ne ho figu. Nnae biara a nea ne ho sen no bɛda so no ho ntew, na ade biara a ɔbɛtena so no ho ntew. Na nea ɔka ne nnae no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere; na nea ɔtena ade a nea ne ho sen no tenaa so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. Na nea ɔka nea ne ho sen no honam no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere; na sɛ nea ne ho sen no fe ntasu gu nea ne ho tew so a, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. Na aboa so agua biara a ɔhosenfo no bɛtena so no ho ntew; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenfo no ase no ho ntew kosi anwummere. Na nea ɔsoa saa ade no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. Na obiara a ɔhosenfo no amfa nsu anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. Na kuku a ɔhosenfo no bɛka no, wɔmmɔ, na dua ade biara de, wɔmfa nsu nhohoro ho. Na sɛ ɔhosenfo no ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn ngu n'ahofi so, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa mmasu nguare ne honam, na ne ho atew. Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no mfa biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no AWURADE anim mfi n'ahosen no mu. Na sɛ ɔbarima bi ahoboa fi no mu a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, na ne ho ntew kosi anwummere. Na ntama biara anaa nhoma biara a ahoboa begu mu no, wɔmfa nsu nhoro, na ɛho ntew kosi anwummere. Na sɛ ɔbarima ne ɔbea da na ahoboa gu no a, wɔmfa nsu nguare na wɔn ho ntew kosi anwummere. Na ɔbea sɛ, ne ho sen na mogya fi ne honam mu gu a, ɔntena n'asabu mu nnansɔn, na obiara a ɔka no no ho ntew kosi anwummere. Na ade biara a ɔda so n'asabu mu no ho ntew, na ade biara a ɔtena so no ho ntew. Na obiara a ɔka ne nnae no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere; na obiara a ɔka ade biara a watena so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere; na sɛ biribi wɔ nnae no so anaasɛ ade a watena so no so a, obi ka a, ne ho ntew kosi anwummere. Na sɛ ɔbarima ne no da, na n'asabu ade no bi ka ne ho a, ne ho ntew nnansɔn, na ne nnae a ɔda so no nyinaa ho ntew. Na ɔbea, sɛ ne ho sen mogya gu nna pii, na ɛnyɛ n'asabu bere, anaasɛ ne ho sen tra n'asabu nna no a, ɛnne n'ahosen a ɛho ntew nna no nyinaa ne ho ntew te sɛ n'asabu nna mu. Ne nnae a ɔda so biara n'ahosen nna nyinaa mu nyɛ no sɛ n'asabu nnae, na ade biara a ɔtena so no ho ntew sɛ n'asabu mu de no. Na obiara a ɔde ne nsa ka nneɛma no ho ntew, na ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, ne ho ntew kosi anwummere. Na sɛ ne ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn mfa, na ɛno akyi no ne ho atew. Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo, ahyiae ntamadan no ano. Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako no ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim, mfi n'ahosen a ɛho ntew no mu. Na momma Israelfo no nyi wɔn ho mfi wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekogu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea ne ho sen ne nea ne ho nsu fi no mu gu ne ho fi, ne ɔbea a ne ho nyɛ no den n'asabu mu, ne nea ne ho sen, ɔbarima oo, ɔbea oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew bɛda. Na Aaron mma baanu no wu a wɔbaa AWURADE anim na wowui no akyi no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ, ɔnnhyɛn kronkronbea hɔ nnkɔ mmɔhɔɔ no akyi, mpata agua a ɛwɔ adaka no so no anim, bere nyinaa mu, na wanwu, efisɛ omununkum no mu na miyi me ho mekyerɛ, mpata agua no so. Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre. Ɔnhyɛ nwera atade kronkron no, na nwera ntwakoto nkata ne ho, na nwera abomu no mmɔ n'asen, na ɔmmɔ nwera abotiten no, ɛne ntade kronkron no; ɔmfa nsu nguare ne ho ansa na ɔnhyɛ. Na onnye Israel asafo no hɔ mpapo abien, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre. Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra, na ɔmfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi. Na ɔmfa mpapo abien no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na Aaron mmɔ mpapo abien no so ntonto, AWURADE ntonto biako ne Asase ntonto biako. Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE ntonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre. Na ɔpapo a Asasel ntonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wonkogyaa no nkɔ sare so mma Asasel. Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra mfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi, na onkum bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no. Na ɔmfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, AWURADE anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu. Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsatea nka mpete mpata agua no so anim fam, na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete mpata agua no anim hɔ mpɛn asɔn. Na onkum bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman de no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛnea ɔde nantwinini no mogya yɛe no, na ɔmfa mpete mpata agua no so ne mpata agua no anim, na ɔmpata mma kronkronbea no Israelfo no afide, ne wɔn mmara a wɔto, ne wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiae ntamadan a esi wɔn mu esiane wɔn afide no nti. Na onipa biara nntena ahyiae ntamadan no mu, bere a ɔhyɛn hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kosi sɛ obefi adi a wapata ama n'ankasa ne ne fi ne Israelfo asafo nyinaa. Na omfi adi mmra afɔremuka a esi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔremuka no mmɛn ho nhyia, na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete so mpɛn asɔn, na ɔntew ho nyɛ no kronkron mfi Israelfo no afide mu. Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiae ntamadan ne afɔremuka no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. Na Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfo no mfomso nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛ wɔn bɔne nyinaa te no ngu ɔpapo no so, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkogyaa no nkɔ sare so, na ɔpapo no nsoa wɔn mfomso nyinaa mfa nkɔ asase fo so, na onkogyaa ɔpapo no sare so. Na Aaron nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, na onyi nwera atade a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na onnyaw wɔ hɔ. Na ɔmfa nsu nguare ne ho, nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntade na omfi adi nkɔbɔ ne hyew afɔre ne ɔman no hyew afɔre, na ɔmpata mma n'ankasa ne ho ne ɔman no. Na ɔnhyew bɔne ho afɔre srade no afɔremuka no so. Na nea ɔde ɔpapo no kɔe kogyaa no maa Asasel no nhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu. Na bɔne ho afɔre nantwinini ne bɔne ho afɔre papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpatae no, wɔmfa wɔn mfi nkɔ nsra no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. Na nea ɔkɔ kɔhyewee no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu. Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho atew afi mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase; ɛyɛ daa ahyɛde. Na mpata no, ɔsɔfo a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ onni sɔfo nsi n'agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntade no, ntade kronkron no, na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no, na ɔmpata mma asɔfo no ne ɔman asafo mu no nyinaa. Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde, na wɔde apata ama Israelfo no afi wɔn bɔne nyinaa mu pɛnkoro daa afirihyia. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ: Obiara a ɔwɔ Israel fi a okum nantwi anaa oguanten anaa abirekyi nsra mu, anaasɛ okum no nsra no akyi, na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene, na ama Israelfo de wɔn afɔre a wokum sare so no abrɛ asɔfo no ama wɔde abrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoe afɔre. Na ɔsɔfo no mfa mogya no mpete AWURADE afɔremuka no so, ahyiae ntamadan no ano, na ɔnhyew srade no na enyi hua huamhuam mma AWURADE. Na wonnkum wɔn afɔrebɔde mmma mpapo abosom a wodi wɔn akyi aguamammɔ so no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma wɔn, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Na wɔn de, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre bi, na wamfa amma ahyiae ntamadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wobetwa no afi ne man mu akyene. Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m'ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene. Efisɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra. Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya. Na obiara a ofi Israel mma ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu a ɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wodi no, onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so. Na ɔhonam nyinaa kra de, ne mogya ne ne kra, enti na mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene. Na obiara a odi nea wawu anaasɛ nea wɔatetew no, okuromani oo, ɔhɔho oo, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere ansa na ne ho atew; na sɛ wanhoro ne ntade na wanguare a, ɛnne ɔnsoa ne mmusu. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Misraim asase a motenaa hɔ no so nneyɛe de, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo merekɔ hɔ no so nneyɛe nso, monnyɛ, na munnni wɔn ahyɛde so. M'atemmude na monyɛ, na monkora m'ahyɛde sɛ, mubedi so. Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m'ahyɛde ne m'atemmude a onipa a ɔyɛ no benya mu nkwa no. Mene AWURADE. Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkoyi n'adagyaw so. Mene AWURADE. Nyi w'agya anaa wo na adagyaw so; wo na ne no, nyi n'adagyaw so. Nyi w'agya yere adagyaw so; w'agya adagyaw ne no. Wo nuabea a ɔyɛ w'agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no ofie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagyaw so. Wo babanin babea anaa wo babea babea, nyi wɔn adagyaw so, efisɛ ɛyɛ w'adagyaw. W'agya yere babea a w'agya awo no no, ɔyɛ wo nuabea, nyi n'adagyaw so. Nyi w'agya nuabea adagyaw so; ɔyɛ w'agya honam. Nyi wo na nuabea adagyaw so, efisɛ ɔyɛ wo na honam. Nyi w'agya nuabarima adagyaw so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no. Nyi w'ase adagyaw so; wo babarima yere ne no, nyi n'adagyaw so. Nyi wo nua yere adagyaw so; ɛyɛ wo nua adagyaw. Nyi ɔbea bi ne ne ba adagyaw so; mfa ne babanin babea anaa ne babea babea nyi wɔn adagyaw so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusude. Na mma ɔbea ne ne nua nware, na wɔatwe kora, mmere a ɔda so te ase no, wubeyi n'adagyaw so aka ho. Na nkɔ ɔbea a n'asabu mu ne ho ntewee no ho nkoyi n'adagyaw so. Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsu mma no mfa ngu wo ne no ho fi. Na mfa w'asefo mu bi mma ɔnnkɔfa ogya mu mmma Molek, na nhura wo Nyankopɔn din ho; mene AWURADE. Na wo ne ɔbarima nnna, sɛ ɔbea; ɛyɛ akyide. Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbea bi nnnyina aboa bi anim nnnan ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ. Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fi, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fi, na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no agu. Na mo de, munni m'ahyɛde ne m'atemmude so, na monnnyɛ saa akyide yi mu biara, okuromani oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, efisɛ saa akyide yi nyinaa na asase no sofo a wodi mo kan no ayɛ, na asase no so agu fi; na asase no amfe mo sɛ moagu ho fi, sɛnea ɛfee amanaman a wodii mo anim no. Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyide yi mu biara no, wobetwa akra a wɔyɛ no afi wɔn aman mu akyene. Enti monhwɛ m'ahwɛde, na moanyɛ ahyɛde a wokyi a wodii mo anim yɛe no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron. Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani: Da a mukum no ara na wonni, ne n'adekyee, na nea ɛbɛka akodu da a ɛto so abiɛsa no, wɔmfa ogya nhyew. Na sɛ wodi no da a ɛto so abiɛsa a, ɛyɛ akyide, ɛnsɔ ani; na nea odi no bɛsoa ne mmusu, efisɛ AWURADE akronkronne ho na wahura, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene. Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w'afumde no mu mpɛpɛw; na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo. Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE. Nni wo yɔnko amim na mfow no. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma ade nnkye. Nnome ɔsotifo na mfa hintidua nto onifuraefo anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE. Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn. Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE. Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne. Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE. Munni m'ahyɛde so. Mma w'afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w'afuw nso, mfa ade mfrafra nnua mu, na mma ntama horow abien nsaasaa nnka wo ho. Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea da na ɔde ne ho ka no, na ɔbea no yɛ afenaa a wɔde no ama obi aware, na ogye na wonnya nnyee no anaasɛ wonnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpɛɛpɛɛmu ntwe wɔn aso, na wonnkum wɔn, efisɛ onnya nnee ne ho ɛ. Na ɔbarima no mfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, asodi ho afɔre dwennini na ɔmfa mmra. Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no. Na sɛ mudu asase no so na motɛw dua biara a wodi a, mummu n'aba no sɛ momonotode; mfe abiɛsa na ɛnyɛ mo momonotode, wonnni; na afe a ɛto so anan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyi; na afe a ɛto so anum no, munni n'aba, na ne nnɔbae nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Munnni adebisasɛm na munngoru abayigoru. Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bogyesɛ ano. Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo, na munnkurukyerɛw mo ho nkyerɛwee bi: Mene AWURADE. Nhura wo babea ho mma ɔmmmɔ aguaman, na asase no ammɔ aguaman, na mmusu anyɛ asase no so ma. Munni me home nna na munsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE. Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Fa obu ma ɔpanyin, yiw, na di akwakora ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE. Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Munntwa atemmu mu nkontompo, adesusuw, adekari ne adehyɛ mu; nsɛnia tee, abrammo tee, olonka tee ne susutoa tee na munkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no. Na munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Obiara a ofi Israelfo anaa ahɔho a wɔabɛtena Israel mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, okum na wonkum no; asase no sofo nsiw no abo mma onwu. Na me nso mɛma m'ani asa onipa no, na matwa no afi me man mu akyene, efisɛ ɔde ne mma bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho. Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofo no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔankum no a, me de, mɛma m'ani asa onipa no ne n'abusua, na metwa ɔno ne wɔn a wodi n'akyi aguamammɔ kwan so na wodi Molek akyi bɔ aguaman no nyinaa afi wɔn man mu agu. Na obiara a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m'ani asa saa onipa no, na metwa no afi me man mu akyene. Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na munni m'ahyɛde so na monyɛ, Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. Sɛ obiara dome n'agya anaa ne na a, okum na wonkum no; wadome n'agya ne ne na: ne mogya gu n'atifi. Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum na wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no. Na ɔbarima a ɔne n'agya yere da no, wayi n'agya adagyaw so; okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne n'ase a ɔyɛ ne ba yere da no, okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyide; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbea nna no, wɔn baanu ayɛ akyide, okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi. Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusude: wɔmfa ogya nhyew ɔno ne wɔn nyinaa, na abusude antena mo mu. Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, okum na wonkum no, na aboa no nso munkum no. Na ɔbea a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbea no ne aboa no; okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔfa ne nuabea a ɔyɛ n'agya ɔba anaa ne na ɔba na ohu n'adagyaw na ɔbea no nso hu n'adagyaw no, ɛyɛ animguasede, na wontwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabea adagyaw so; ɔnsoa ne mmusu. Na ɔbarima a ɔne ɔbrafo da na oyi n'adagyaw so na obue n'abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura so no, wontwitwa wɔn baanu nyinaa mfi wɔn man mu ngu. Na nyi wo na nuabea anaa w'agya nuabea adagyaw so, efisɛ wayi ne bogya adagyaw so; wɔnsoa wɔn mmusu. Na ɔbarima a ɔne n'agya nua yere da no, wayi n'agya nua adagyaw so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu. Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ ade a ɛho ntew; wayi ne nua adagyaw so, wɔrennya ɔba. Enti munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ hɔ akɔtena so no amfe mo angu. Na mommfa aman a merebetu wɔn mo anim no ahyɛde so; na wɔayɛ eyinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwini; na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afi amanaman mu no. Na mompae asase so mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew mu, ne nnomaa a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne ade biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho ntew no angu mo kra ho fi. Na monyɛ kronkron mma me, efisɛ me AWURADE meyɛ kronkron; na mapaw mo afi aman mu sɛ mommɛyɛ me dea. Na ɔbarima anaa ɔbea a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, okum na wonkum wɔn; wonsiw wɔn abo; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi funu bi ho ne man mu, gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n'agya ne ne babanin ne ne babea ne ne nuabarima, ne ne nuabea a ɔyɛ ɔbaabun a ɔbɛn no a onnya nnyaa okunu ɛ, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum. Ɔyɛ ne nkurɔfo mu nipa titiriw nti, onngu ne ho fi, nanso onnhura ne ho. Wonnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bogyesɛ ano, na wɔnnsesa wɔn honam mu nkamaa. Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron. Wɔnnware ɔbea aguaman bi anaa nea ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbea a ne kunu ako no, efisɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. Na bu no kronkron, efisɛ wo Nyankopɔn aduan na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, efisɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. Na sɛ ɔsɔfo babea fi ase bɔ aguaman a, wahura n'agya ho, wɔmfa ogya nhyew no. Na ne nuanom mu sɔfo panyin a wɔahwie ɔsra ngo agu n'atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntade no, ɔmmpɛsɛw ne ti na onnsunsuane ne ntade mu, na ɔnnkɔ funu biara ho, n'agya ne ne na ho po ɔmmma ne ho nnkum. Na ommfi kronkronbea hɔ, na onnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, efisɛ ne Nyankopɔn sra ngo dwira no wɔ n'atifi: Mene AWURADE. Na ɔno de, ɔbaabun na ɔnware; okunafo ne nea wɔako no ne nea ne ho ahura ne aguaman de, ɔnnware eyinom mu biara, na mmom ne man mu baabun na ɔnware. Na onnhura n'asefo ho ne man mu; na mene AWURADE a meyɛ no kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W'asefo awo ntoatoaso mu ɔbarima a dɛm wɔ ne ho biara mmma mmmɛfa aduan mmmrɛ ne Nyankopɔn. Na obiara a odi dɛm no mmmɛn, onifuraefo oo, apakye oo, hwensin oo, nea ne honam biribi boro so oo, nea ne nan anaa ne nsa abu oo, afu oo, nea wakyenkyen oo, nea ɛtɛ si n'ani so oo, nea ɔyare ntwemu oo, ogyatɔfo oo, nea ne hwea aba abɔ oo, ɔsɔfo Aaron asefo mu biara a odi dɛm no nntwiw mmmɛn mmfa AWURADE gya afɔre no mmma; dɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduan no nntwiw mmma. Ne Nyankopɔn aduan, akronkronne mu ade kronkron ɛne akronkronne no de, onni bi. Ntwamu mmɔhɔɔ no ho nko na ɔmmma, na afɔremuka no ho na onntwiw mmmɛn, efisɛ dɛm wɔ ne ho; na wanhura m'akronkronne no ho, efisɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israelfo no nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Israelfo akronkronne ho, na wonnhura me din kronkron no ho, ade a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awo ntoatoaso mu ɔbarima biara a ofi mo asefo nyinaa mu a ɔbɛn akronkronne a Israelfo ayɛ no kronkron ama AWURADE, na ne fi wɔ no so no, wobetwa saa ɔkra no afi m'anim akyene. Mene AWURADE. Aaron asefo mu ɔbarima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa nea ne ho sen no nnni akronkronne no bi kosi sɛ ne ho bɛtew; na nea ɔka ade a funu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsu afi ne mu, anaa obi a ɔka ade biara a ɛwea a ɛmma ne ho ntew anaa onipa a ne ho fi nti ne ho ntew no. Ɔkra a ɔka no ho ntew kosi anwummere na onnni akronkronne no bi gye sɛ ɔde nsu aguare ansa. Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho tew, ɛno akyi ansa na onni akronkronne no bi, efisɛ ɛyɛ n'aduan. Aboa funu anaa nea wɔatetew ne mu no, onnni mmfa nngu ne ho fi. Mene AWURADE. Na wɔnhwɛ m'ahwɛde na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wohura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no. Ɔhɔho biara nnni akronkronne no bi, na nea wabɛtena ɔsɔfo bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronne no bi. Na sɛ ɔsɔfo bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno de, onni bi, ne nea wɔwoo no ne fi, wɔn na wonni n'aduan no bi. Na sɛ ɔsɔfo babea bi kɔware ɔhɔho bi a, onnni akronkronne soma afɔrebɔde no bi. Na sɛ ɔsɔfo babea bi yɛ okunafo anaasɛ wɔako no, na onni ba, na ɔsan ba n'agya fi sɛ ne mmofraase a, onni n'agya aduan no bi; na ɔhɔho biara de, onnni bi. Na sɛ obi anhyɛ da, na odi akronkronne no bi a, ɔmfa n'abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔnnan akronkronne no mma ɔsɔfo no. Na wonnhura Israelfo akronkronne a wɔde bɔ afɔre ma AWURADE no ho, na wɔmmma wɔnnsoa asodi bɔne bi wɔn akronkronne no di mu, efisɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa Israel mu ahɔho mu a ɔde n'ayɛyɛde bɛba, wɔn bɔhyɛ ade biara anaa wɔn ayamye ade biara a wɔde rebrɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyew afɔre: nea ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a odi mu a ofi anantwi, nguanten anaa mmirekyi mu; ade biara a dɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, efisɛ ɛrensɔ ani mma mo. Na obiara a ɔde asomdwoe afɔre bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n'aboade ma anaa ayamye ade a efi anantwi anaa nguan mu no, ɔmma enni mu, na ɛnsɔ ani; ennni dɛm biara. Nea n'ani afura, wabubu, wapira, watutu akuru a emu sen nsu anaasɛ ntwemu anaasɛ nea nsawa bi wɔ ne ho no, mommfa eyinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu bi mmmɔ afɔremuka no so gya afɔre mmma AWURADE. Na nantwi anaa oguan a ne ho biribi boro so anaasɛ watɔ ape no, ayamye afɔre de, fa no bɔ, na aboade de, ɛnsɔ ani. Na nea wɔapɛtɛw, wɔabɔ, wɔatu, anaa wɔasa no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ sa. Na ɔnanani bi nsam nso munnnye eyinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduan, efisɛ wɔn ho aka, dɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Nantwi, oguanten anaa abirekyi, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnansɔn, na efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛde ma AWURADE gya afɔre a, ɛbɛsɔ ani. Na munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro. Na sɛ mobɔ aseda afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani; da no ara na wonni; munnnyaw bi nnkosi anɔpa: Mene AWURADE. Na munni me mmara nsɛm so na monyɛ. Mene AWURADE. Na munnhura me din kronkron no ho, na wommu me kronkron Israelfo mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron. Me a miyii mo fii Misraim asase so sɛ merebɛyɛ mo Onyankopɔn. Mene AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahorow a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m'afahyɛ nna no ni: Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda, wonhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu. Eyinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmere mu no: ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere yɛ AWURADE twam; na ɔsram no ara da a ɛto so dunum yɛ AWURADE apiti afahyɛ, nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara. Na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE nnansɔn. Da a ɛto so ason no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma den biara. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae fi a edi kan no mmrɛ ɔsɔfo; na onhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; ɔhomeda no adekyee na ɔsɔfo no nhim. Na ɛda a muhim efi no, momfa oguanten ba a odi mu a wadi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE, ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam; ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn anan mu biako. Na munnni abodoo anaa awi a wɔato anaasɛ wɔasiw kosi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛde reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛde mma mo awo ntoatoaso, mo tenabea nyinaa mu. Na monkan nna mfa mfi homeda no adekyee da a mode ohim fi no ba no, ɛnyɛ adapɛn ason pɛpɛɛpɛ. Monkan adaduonum nkosi homeda a ɛto so ason no adekyee so ansa na momfa aduan afɔre foforo mmrɛ AWURADE. Momfa ohim abodoo abien mfi mo tenabea mmɛma; asikresam abupɛn du mu abien mmɔkaw na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduankan mma AWURADE. Na momfa nguanten mma ason a wodi mu a wɔadi afe afe ne nantwiforo biako ne adwennini abien nka abodoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyew afɔre, ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na momfa ɔpapo biako mmɔ bɔne ho afɔre, ne nguanten mma abien a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoe afɔre. Na ɔsɔfo no nhim wɔn ne aduankan abodoo no ne nguanten mma abien no na ɛnyɛ AWURADE anim him afɔre: ɛnyɛ kronkron mma AWURADE na wɔmfa mma ɔsɔfo no. Na munhyia da no ara; ɛnyɛ nhyia kronkron, monnyɛ adwumaden biara. Ɛnyɛ daa ahyɛde mo tenabea nyinaa mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie w'afuw nkwanse de twa, na nni wo nnɔbae no mu mpɛpɛw. Gyaw ma ohiani ne ɔhɔho. Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan nyɛ mo homeda, torobɛntohyɛn nkae, nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: ɔsram a ɛto so ason yi ara da a ɛto so du ne mpata da; munhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo ho ase, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE. Na ɛda no monnyɛ adwuma biara, efisɛ ɛyɛ mpata da a wɔpata ma mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim. Na ɔkra biara a ɔmmrɛ ne ho ase da no, wobetwa no afi ne man mu akyene. Na obiara a ɔyɛ adwuma bi saa da no, mɛsɛe oniiko no afi ne man mu. Monnyɛ adwuma biara; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso, mo tenabea nyinaa mu. Ɛyɛ ɔhome mu homeda ma mo, na mommrɛ mo kra ase ɔsram no da a ɛto so akron no anwummere; munni mo homeda no mfi anwummere nkosi anwummere. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ, ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so dunum no yɛ asese afahyɛ nnansɔn ma AWURADE. Da a edi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara. Nnansɔn na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; da a ɛto so awotwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awiei, monnyɛ adwumaden biara. Eyinom ne AWURADE afahyɛ horow a mompae sɛ wonhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne okum afɔre ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu. Ɛsono AWURADE home nna no, na ɛsono mo ayɛyɛde, na ɛsono mo aboade nyinaa, na ɛsono mo ayamye ade nyinaa a mode ma AWURADE no. Nso ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum a moreboa asase so nnɔbae ano no, munni AWURADE nnapɔnna nnansɔn: da a edi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛto so awotwe no yɛ homeda. Na ɛda a edi kan no momfa nnua afɛfɛ so ade, berɛw ne nnua kusuu abaa ne nsukɔn so nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnansɔn. Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnansɔn daa afe; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso; ɔsram a ɛto so ason no mu na munni nnapɔnna yi. Asese mu na montena nnansɔn, Israel man mma nyinaa ntena asese mu, na mo awo ntoatoaso ahu sɛ miyii Israelfo fii Misraim asase so no, asese mu na mema wɔtenae: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na Mose paee AWURADE afahyɛ horow no kyerɛɛ Israelfo no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfo no ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo kurunnyenn na wɔmfa nsɔ ɔkanea no, na ɔkanea no nsi so daa; adanse ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, ahyiae ntamadan no mu na Aaron nsiesie mfi anwummere nkosi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso nyinaa. Sika amapa kaneadua a ɛho tew no so na onsiesie akanea no, AWURADE anim daa yi. Na fa asikresam to tetare dumien; olonka abupɛn du mu abien nyɛ tetare biako. Na fa sensɛm so akyerɛpɛn abien, asia nyɛ kyerɛpɛn biako, sika amapa ɔpon a ɛho tew no so, AWURADE anim. Na fa ohuamfufu kurunnyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ abodoo no so nkae ade, ogya afɔre a wɔsɔ ma AWURADE. Daa homeda na onsiesie wɔ AWURADE anim daa yi, ɛyɛ Israelfo fam daa apam. Na ɛnyɛ Aaron ne ne mma de, na wonni wɔ nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a efi AWURADE gya afɔre so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa. Na Israelni bea bi ba a n'agya yɛ Misraimni fii adi Israelfo no mu, na Israelni bea no ba no ne Israelni bi hamee nsra no mu. Na Israelni bea no ba no kaa din no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose; nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ofi Dan abusuakuw mu; na wɔbɔɔ no dua mu sɛ enkosi sɛ obenya AWURADE anom asɛm aka akyerɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nea wadome no fi adi kɔ nsra no akyi, na wɔn a wɔtee no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n'atifi, na asafo no nyinaa nsiw no abo. Na kasa kyerɛ Israelfo nso sɛ obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne. Na nea ɔka AWURADE din ho abususɛm no, okum na wonkum no: osiw na asafo no nyinaa nsiw no abo; ɔhɔho oo, okuromani oo, sɛ ɔka din no ho abususɛm a, wonkum no. Na sɛ obi kum onipa biara a, okum na wonkum no. Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu. Na nea opira ne yɔnko nipa no, sɛnea ɔyɛe no, wɔnyɛ no saa ara. Obu nsi obu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛnea opiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no. Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, na nea okum onipa no, wonkum no. Atemmu koro nna hɔ mma mo: ɔhɔho nyɛ sɛ okuromani; na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na wɔde nea ɔdomee no fii adi kɔɔ nsra no akyi kosiw no abo. Na Israelfo yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔw so sɛ Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so a, asase no, nni ɔhome afe mma AWURADE. Mfe asia na dua w'afuw mu ade, na mfe asia no pompan wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbae ano; na afe a ɛto so ason no nyɛ ahomegye, mma asase no, ɛnyɛ ɔhome mma AWURADE: nnua w'afuw mu ade, na mpompan wo bobe turo mu nnua ho. Wo ntwakae a efifi no, ntwa, na wo bobehama a woampempan ho no so akasiaw no, ntetew, ɛnyɛ ahomegye afe mma asase no. Na asase no home mu ade nyɛ mo de, na munni, wo ne w'akoa ne w'afenaa ne wo paani ne wo hɔho a wabɛtena wo nkyɛn, ne w'afieboa ne mmoa a wɔwɔ w'asase so, na ɛso nnɔbae no nyinaa nyɛ wɔn aduan. Na kan ɔhome mfe asɔn, mfe ason ahorow ason fa, na ɔhome mfe ason no mu nna nyɛ aduanan akron. Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto yiye, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam mo asase nyinaa so. Na monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, na mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu, na obiara nsan nkɔ n'abusua mu. Afe a ɛto so aduonum no nyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ Munnnua ade na munntwa ne ntwakae a efifi, na monntetew mo bobe hama a wɔampompan ho no so aba. Na ɛyɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Munni mfuw so nnɔbae a ɛba afe no mu no. Ahosɛpɛw afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu. Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim. Sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi mfirihyia ano te na tɔ wo yɔnko nkyɛn ade, sɛ nnɔbae mfirihyia ano te na ɔntɔn mma wo. Mfe no dɔɔso a, to ne bo so, na mfe no sua a, tew ne bo so, efisɛ afe afe nnɔbae na ɔtɔn ma wo. Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn; na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monyɛ m'ahyɛde na munni m'atemmude so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo. Na asase no bɛbɔ n'aduan na moadi amee, na moatena so dwoodwoo. Na sɛ moka sɛ: Dɛn na yebedi afe a ɛto so ason no mu? Hwɛ, yennua na yentwa yɛn nnɔbae a, ɛnne, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛto so asia no mu, na aba mfe abiɛsa aduan; na mudua aduan afe a ɛto so awotwe no mu a, mubedi nnɔbae dedaw no akosi afe a ɛto so akron no mu; mubedi aduan dedaw no akosi sɛ ne nnɔbae bɛba. Na wɔnntɔn asase no korakora, efisɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔho ne atubrafo. Na asase a mudi so nyinaa, momma asase no gye ho kwan. Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn n'ade bi a, ɛnne ne gyefo a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmegye nea ne nua tɔnee no. Na sɛ obi nni gyefo na ne nsa aso na wanya nea ɛso gye a, ɛnne ommu mfe a ɔtɔnee no ano na ɔnhyɛ nea ɛboro so no ananmu mma nea ɔtɔn maa no no, na ɔnsan mmra n'ade ho. Na sɛ ne nsa anso nea ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnne ade a ɔtɔnee no ntena nea ɔtɔe no nsam nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no, na efi ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no, ɔnsan mmra n'ade ho. Na sɛ obi tɔn ofi a wɔtena mu wɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu a wɔmma ne gye ho kwan nkosi ne tɔn no akyi afe; nna yi na ɔwɔ ne gye ho kwan. Na sɛ wannye ma afe mu wie du a, ɛnne, ofi a ɛwɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu no nyɛ nea ɔtɔe no dea korakora, n'awo ntoatoaso nyinaa mu; ɔdede no ntumi mmegye bio ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu. Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasu nni ho ase de, wommu nka asase no so mfuw ho: wɔmma ne gye ho kwan, na wommegye ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu. Na Lewifo nkurow a ɛyɛ nkurow a wodi so no mu afi de, Lewifo wɔ ne gye ho kwan daa. Na sɛ Lewifo mu bi annye ne fi a wɔatɔn a ɛwɔ kurow a odi so mu a, ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no ɔmfa n'ade, efisɛ Lewifo nkurow mu afi ne wɔn ade a wodi so, Israelfo mu. Na wɔn nkurow ho mfikyisaase de, wɔnntɔn na ɛyɛ wɔn ade a wodi so daa. Na sɛ ehia wo nua na ɔpa abaw a, so no mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otudanfo. Nnye ne hɔ mfɛntom, na nhuruw ne ka a ɔde wo no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa. Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntom, na nhuruw w'aduan a woma no no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Onyankopɔn. Na sɛ ehia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya, na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfo; nsom wo nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so. Ɛno na omfi wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsan nkɔ n'abusua mu ne n'agyanom ade a wodi so no ho. Na wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so; wɔnntɔn wɔn nkoatɔn. Mfa anyadimɔ nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn. Na w'akoa ne w'afenaa a wubenya no, amanaman a wogugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa. Na ahɔho a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafo a wɔne mo te a wɔawo wɔn mo asase so no bi, na wɔnyɛ mo agyapade, na moagyaw wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyade ne ade a wodi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfo de, obiara mmfa anyadimɔ nnhyɛ ne nua so. Na sɛ wo nkyɛn hɔho anaa otubrafo bi nsam wɔ biribi, na ehia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔho a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔho no abusua mu nipa bi a, ɛnne ne tɔn akyi no wɔmma ne gye ho kwan; ne nuanom mu biako nnye no, anaasɛ n'agya nua anaa n'agya nua ba nnye no, anaasɛ n'abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, onnye ne ho. Na ɔne nea ɔtɔɔ no no mmu akontaa mfi afe a wɔtɔn no maa no no so nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ne tiade nyɛ sɛnea mfe no dodow te, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna. Sɛ mfe no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu ogye ade a ɔbɛdan ama no no nnɔɔso saa ara; na sɛ aka mfe kakraa bi na adu ahosɛpɛw afahyɛ afe no so a, ommu mma no: ne mfe no ano pɛ na ɔnnan ne gye ade mma no. Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani de afe afe: ɔmmfa anyadimɔ nnhyɛ no so wɔ w'anim. Na sɛ wɔamfa eyinom so annye no a, ɛnne ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkodi, ɔno ne ne mma nyinaa. Na me na Israelfo yɛ me nkoa; me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Munni me home nna, na munsuro me kronkronbea: Mene AWURADE. Sɛ mofa m'ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a, ɛnne mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba; na aduan porow bɛkɔ so akodu bobe aba tetew mu, na bobe aba tetew no akɔ so akodu odua bere, na mubedi mo aduan amee, na moatena mo asase so dwoodwoo. Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so. Na mobɛka mo atamfo agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrante ano; na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ha bɛka ɔpedu agu, na mo atamfo atotɔ mo anim wɔ nkrante ano. Na mɛdan m'anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina. Na mubedi aburow ne awi a akyɛ no, na foforo no nti moayi dedaw no agu. Na mede me tenabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini. Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mibubuu mo kɔndua na mema monantewee tee no. Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so, na sɛ mopa m'ahyɛde, na m'atemmude yɛ mo kra nwini, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mubu m'apam no so a, me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi. Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan. Na sɛ eyinom mu moantie me ara a, ɛnne mo bɔne nti mɛtwe mo aso mpɛn ason maka ho, na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dade, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere, na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba. Na sɛ mo ne me di asi ara na mompɛ sɛ mutie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mpɛn ason sɛ mo bɔne te no. Na mɛsoma wuram mmoa aba mo mu, na wɔagye mo nsam mma, na wɔasɛe mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo. Na sɛ moamma mamfa eyinom ammɔ mo kɔkɔ, na mo ne me di asi ara a, ɛnne me nso me ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mpɛn asɔn. Na mede aweredi nkrante a ebedi m'apam no so were mɛba mo so, na moaboaboa mo ho ano akɔ mo nkurow mu, na mɛma ɔyaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa. Na mebubu mo aduan dua, na mmea du ato mo abodoo fononoo biako mu, na wɔakari mo abodoo ama mo, na mubedi na moremmee. Na sɛ eyi mu nso moantie me na mo ne me di asi ara a, ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn. Na mubedi mo mmammarima nam, na mo mmabea nam nso moadi. Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo wia adum no agu, na matotow mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwini. Na megu mo nkurow mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhuam no hua. Na me ara mɛsɛe asase no ma mo atamfo a wɔbɛtena so no ani so ayɛ wɔn yaa; na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo. Ɛno na asase no benya ne home bere mu ahotɔ, nna dodow a ɛso bɛda ntuw a mo de, mowɔ mo atamfo asase so no; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ. Nna a ɛso bɛda ntuw nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodow a anhome, mo home mmere mu, bere a mote so no. Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn komam wɔ wɔn atamfo nsaase no so, na ahaban a ɛtew huu nne aka wɔn agu na wɔaguan sɛ obi guan fi nkrante ano, na wɔatotɔ, bere a obi ntaa wɔn; na wɔakyere tɔw ahwe ase sɛnea wɔreguan nkrante anim, bere a obi ntaa wɔn; na morennya mo atamfo anim agyinaye. Na mubewuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfo asase amene mo. Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho behia wɔn wɔn amumɔyɛmu, mo atamfo asase so, na wɔn agyanom amumɔyɛ nso nti wɔn ho behia wɔn sɛ wɔn [agyanom no] ara. Ɛno na wɔbɛka wɔn amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ no; sɛ nkontompo a wotwaa me ne asi a wɔne me dii nti, me nso me ne wɔn dii asi, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfo asase so; na sɛ afei wɔn koma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumɔyɛ so asotwe no so a, ɛnne mɛkae me ne Yakob apam no, ne me ne Isak apam no nso; na ɛne Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no. Na asase no de, wobegyaw na anya ne home bere mu ahotɔ, sɛ wonni so nti ada ntuw; na wɔn de, esiane sɛ wɔpaa m'atemmude na m'ahyɛde yɛɛ wɔn kra nwini nti, wobenya wɔn amumɔyɛ so asotwe. Nanso eyinom nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwini na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so; na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim asase so, wiase amanaman nyinaa anim, pamee sɛ mɛyɛ wɔn Onyankopɔn no: Mene AWURADE. Eyinom ne ahyɛde ne atemmude ne mmara a AWURADE nam Mose so de too ɔno ne Israelfo ntam, Sinai bepɔw so no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titiriw bi ma AWURADE, nea ɛne nnipa bo yɛ pɛ a, ɛbo a bɔ ni: Ɔbarima a wadi mfirihyia aduonu de kosi mfe aduosia, ɛbo a bɔ nyɛ nnwetɛbona aduonum, sɛ kronkronbea dwetɛbona te no. Na sɛ ɔyɛ ɔbea a, wo bo nnyina nnwetɛbona aduasa; na sɛ wadi mfe anum de kosi mfe aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo bo nyɛ nnwetɛbona aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbea a, nnwetɛbona du; na sɛ wadi ɔsram biako de kosi mfe anum a, wo bo a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbona anum, na ɔbea de, wo bo nyɛ nnwetɛbona abiɛsa; na sɛ wadi mfe aduosia anaasɛ nea ɛboro saa na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo bo nyɛ nnwetɛbona dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbea a, nnwetɛbona du. Na sɛ ohia ahia no a enti ontumi mma wo bo a wobɔe no a, wɔmfa no mmegyina ɔsɔfo no anim, na ɔsɔfo no mmɔ no bo; sɛnea nea wahyɛ bɔ no nsa bɛso so. Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛde no bi a, ade a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron. Wɔnnsakra, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ ɛba sɛ wɔde aboa sesa aboa a, ɛnne ɛno ne nea wɔde sesae no nyinaa nyɛ kronkron. Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho ntew a wɔmmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛde a, wɔmfa aboa no mmegyina ɔsɔfo anim, na sɛ eye oo, enye oo, ɔsɔfo no mmɔ ne bo; sɛnea wo, ɔsɔfo no, bɛbɔ no, saa ara na ennyina. Na sɛ ɔpɛ sɛ ogye a, ɛnne ɔmfa wo bo no abupɛn anum mu biako nka ho. Na sɛ obi yɛ ne fi kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ eye oo, enye oo, ɔsɔfo no mmɔ ne bo; sɛnea ɔsɔfo no bɛbɔ no, saa ara na ennyina. Na sɛnea ɔyɛɛ no kronkron no begye ne fi no a, ɔmfa wo bo no dwetɛ abupɛn anum mu biako nto so, na ɛnyɛ ne de. Na sɛ obi yɛ n'asase a odi so kronkron ma AWURADE a, wo bo bɔ no nyɛ sɛ n'aba te; bɔ atoko a wodua homer biako so bo nnwetɛbona aduonum. Sɛ ofi ahosɛpɛw afahyɛ afe so yɛ n'asase no kronkron a, ennyina wo bo no so; na sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n'asase no kronkron a, ɛnne ɔsɔfo no mmu n'akontaa mma no sɛ mfe a aka na ahosɛpɛw afahyɛ afe no adu no te no, na wɔntew wo bo no so. Na sɛ nea ɔyɛɛ asase no kronkron no pɛ sɛ ogye a, ɔmfa wo bo no dwetɛ abupɛn anum mu biako nto so, na ɛntena ne nsam; na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wonnnye bio, na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfo no agyapade. Na sɛ ɛyɛ asase a ɔtɔe na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no kronkron ma AWURADE na ɛnyɛ awunnyade a, ɔsɔfo no mmu akontaa mma no nkyerɛ no bo no mu nea ɛbɛka akosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ɔmma wo bo a wobɔe no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, asase no nsan nkɔyɛ nea ɔtɔe ne nkyɛn a ɛyɛ n'asase a odi so no dea. Na wo bo a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te; gera aduonu yɛ dwetɛbona biako. Na afieboa mu mmakan a wɔwo ma AWURADE no nko de, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwi oo, oguan oo, ɛyɛ AWURADE dea. Na sɛ ɛyɛ fieboa a wɔn ho ntew no bi a, ɛnne onnye no wo bo a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnne wɔntɔn no sɛnea wobɛbɔ ne bo. Nso ahyirade biara a obi behyira so ama AWURADE, ade a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n'asase a odi so oo, ɛno de wɔnntɔn, na wonnnye nso; ahyirade biara yɛ akronkronne mu adekronkron ma Awurade. Obiara a wabu no kumfo no, wonnnye no; okum na wonkum no. Na asase no so aduan ntotoso du du a efi asase so aduan ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Na sɛ obi pɛ sɛ ogye ne ntotoso du du no bi a, ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so. Na anantwi ne nguan mu ntotoso du du nyinaa, nea ɛfa oguanhwɛfo poma ase nyinaa mu nea ɛto so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. Wɔmmpaw papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnne ɛno ne nea wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wonnnye. Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no. Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ: Wo ne Aaron mmu Israelfo asafo nyinaa ano, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, nhu mmarima nyinaa mmiako mmiako ne wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, Israel mu obiara a obetumi akɔ ɔsa. Wo ne Aaron nkan wɔn sɛ wɔn dɔm te, na abusuakuw biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanyimfi mu otitiriw. Na mmarima a womfi mmusuakuw no mu mmɛboa mo no din ni: Ruben de ne Sedeur ba Elisur. Simeon de: Surisadai ba Selumiel. Yuda de: Aminadab ba Nahasɔn. Isakar de: Suar ba Netanel. Sebulon de: Helon ba Eliab. Yosef mma no de: Efraim de: Amihud ba Elisama. Manase de: Pedahsur ba Gamaliel. Benyamin de: Gideoni ba Abidan. Dan de: Amisadai ba Ahieser. Aser de: Okran ba Pagiel. Gad de: Deguel ba Eliasaf. Naftali de: Enan ba Ahira. Eyinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mmapɔmma ne Israel mpem so atitiriw. Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi, na wohyiaa asafo no nyinaa boaa ano, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan, na wɔkaa wɔn awo ntoatoaso sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, mmiako mmiako; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na ɔkan wɔn Sinai sare so nen. Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuw no si ɔpeduanan asia ne ahanum. Simeon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔkan wɔn, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuw no si ɔpeduonum akron ne ahasa. Gad mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuw no si ɔpeduanan anum ne ahansia aduonum. Yuda mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuw no si ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia. Isakar mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuw no si ɔpeduonum anan ne ahannan. Sebulon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuw no si ɔpeduonum ason ne ahannan. Yosef mma: Efraim mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuw no si ɔpeduanan ne ahannum. Manase mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuw no si ɔpeduasa abien ne ahanu. Benyamin mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuw no si ɔpeduasa anum ne ahannan. Dan mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuw no si ɔpeduosia abien ne ahansɔn. Aser mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuw no si ɔpeduanan biako ne ahanum. Naftali mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuw no si ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan. Eyinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kanee no, mmarima dumien a wotuatua wɔn mpanyimfi ano mmiako mmiako no. Na Israelfo mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔadi mfe aduonu ne akyiri, Israel mu ɔbarima biara a obetumi akɔ ɔsa, nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa si ɔpehansia ne abiɛsa ne ahanum aduonum. Na Lewi mma de, sɛ wɔn agyanom abusuakuw te no, wɔankan wɔn amfra wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Lewi abusuakuw no nko de, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodow ano mfra Israelfo, na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanse tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ade biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔmmɔ wɔn nsra nhyia. Sɛ tenabea no retu a, Lewifo no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifo no na wonsi; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no. Na Israelfo no mmobɔ nsra wɔn ara nsra mu ne wɔn afrankaa ho sɛ wɔn dɔm horow no te mmiako mmiako. Na Lewifo no de, wɔmmɔ adanse tenabea no ho nsra nhyia, na AWURADE abufuw amma Israelfo asafo no so; na Lewifo no nkura adanse tenabea no sohwɛ mu. Na Israelfo no yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Israelfo no mmobɔ nsra wɔn mu biara wɔ n'ankasa frankaa ho, ɛne wɔn mpanyimfi nsɛnkyerɛnne; ahyiae ntamadan no ntentenso na wɔmmɔ nsra no nhyia. Wɔn a wɔmmɔ nsra apuei fam, no ne: Yuda nsra frankaa no ase nnipa, sɛ wɔn dɔm te. Yuda mma no safohempanyin ne Aminadab ba Nahasɔn, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, yɛ ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia. Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne: Isakar abusuakuw. Isakar mma no safohempanyin ne Suar ba Netanel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum anan ne ahannan. Sebulon abusuakuw na ɛntoa so. Sebulon mma no safohempanyin ne Helon ba Eliab, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum ason ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsra no nyinaa si ɔpehaduɔwɔtwe asia ne ahanan, sɛ wɔn dɔm ahorow no te; wɔn na wontu kan. Ruben nsra frankaa ase nnipa, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Ruben mma safohempanyin Sedeur ba Elisur, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan asia ne ahanum. Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne Simeon abusuakuw. Simeon mma no safohempanyin Surisadai ba Selumiel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ, ɔpeduonum akron ne ahasa. Na Gad abusuakuw na ɛntoa so Gad mma safohempanyin Reuel ba Eliasaf, na ne dɔm a wɔkan wɔn, ɔpeduanan anum ne ahansia aduonum. Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsra no nyinaa si ɔpeha ne ɔpeduonum biako ne ahanan aduonum, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Na wɔn na wɔnto so abien ntu. Afei ahyiae ntamadan no ne Lewifo nsra no ntu nni nsra horow no ntam. Sɛnea wɔbɔ nsra no, saa ara na wontu, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛ wɔn afrankaa no te. Efraim nsra frankaa nni atɔe fam, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Efraim mma safohempanyin Amihud ba Elisama, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan ahannum. Na Manase abusuakuw ntoa so. Manase mma safohempanyin ne Pedahsur ba Gamaliel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduasa abien ne ahanu. Na Benyamin abusuakuw na ɛntoa so. Benyamin mma safohempanyin Gideoni ba Abidan, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduasa anum ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsra no nyinaa si nnipa ɔpeha ne awotwe ne ɔha, sɛ wɔn dɔm ahorow no te; na wɔn na wɔnto so abiɛsa ntu. Dan nsra frankaa nni atifi fam, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Na Dan mma safohempanyin Amisadai ba Ahieser, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduosia abien ne ahansɔn. Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne Aser abusuakuw. Aser mma no safohempanyin Okran ba Pagiel na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan biako ne ahanum. Na Naftali abusuakuw na ɛntoa so. Naftali mma safohempanyin Enan ba Ahira, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsra no nyinaa si ɔpeha ne ɔpeduonum ason ne ahansia; wɔn na wonni akyiri ntu sɛ wɔn afrankaa no te. Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn, sɛ wɔn mpanyimfi te; nsra ahorow no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛ wɔn dɔm ahorow no te, si ɔpehansia ne abiɛsa ne ahanum aduonum. Na Lewifo no de, wɔankan wɔn amfra Israelfo no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Israelfo no yɛe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔbɔɔ nsra, sɛ wɔn afrankaa no te, na saa nso na wotui, wɔn nyinaa sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te no. Na eyinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasae, Sinai bepɔw so no. Na eyinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, ne Abihu, Eleasar ne Itamar. Eyinom ne Aaron mma, asɔfo a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni asɔfo no din. Na Nadab ne Abihu wuwui, AWURADE anim, sɛ wɔde ananagya bi kɔɔ AWURADE anim, Sinai sare so no, na wɔannya mma; na Eleasar ne Itamar dii asɔfo wɔn agya Aaron anim. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewi abusuakuw no bra, na fa wɔn begyina ɔsɔfo Aaron anim, na wɔnsom no, na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiae ntamadan no anim, tenabea no ho som mu, na wɔnhwɛ ahyiae ntamadan no mu nneɛma nyinaa so, nyɛ Israelfo nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu. Na fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afi Israelfo mu. Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Na me de, hwɛ, mafa Lewifo no mafi Israelfo mu masi Israelfo mu mmakan a wobue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifo no ayɛ me dea. Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, efi onipa so kosi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai sare so sɛ: Kan Lewi mma no sɛnea wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, kan wɔn. Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛnea ɔhyɛɛ no no. Na eyinom ne Lewi mma sɛ wɔn din te: Gerson, Kohat ne Merari. Na eyinom ne Gerson mma din, sɛ wɔn mmusuakuw te: Libni ne Simei. Na Kohat mma sɛ wɔn mmusua te ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Merari mma sɛ wɔn mmusua te ne: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua no sɛ wɔn mpanyimfi te. Gerson de ne Libni abusua ne Simei abusua; eyinom ne Gersonfo mmusua no. Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no si mpem nsɔn ne ahannum. Na Gersonfo mmusua yi, tenabea no akyi na wɔbɔɔ nsra wɔ atɔe fam. Na Gersonfo agya fi bapɔmma ne Lael ba Eliasaf. Na nea Gerson mma no nhwɛso wɔ, ahyiae ntamadan no, ne tenabea no ne ntamadan no, ne nkataso ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no, ne adiwo no ho mmɔhɔɔ no ne adiwo a etwa tenabea no ne afɔremuka no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehama, ntamadan no ho adwuma nyinaa. Na Kohat de ne Amramfo abusua, Iseharfo abusua, Hebronfo abusua ne Usielfo abusua; eyinom ne Kohatfo mmusua no. Mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnwɔtwe ne ahansia wɔn na wɔyɛ kronkronbea so ahwɛfo no. Kohat mma no mmusua mmɔ nsra tenabea no nkyɛn, anafo fam. Na Kohatfo mmusua no agya fi bapɔmma ne Usiel ba Elisafan. Na nea wɔnhwɛ ne adaka no ɔpon no, kaneadua no afɔremuka no ne kronkronbea hɔ nneɛma a wɔde som no nyinaa ne mmɔhɔɔ no ne ɛho adwuma nyinaa. Na Lewi mmapɔmma mu panyin ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, ɔne wɔn a wɔhwɛ kronkronbea no so no mu panyin. Merari de ne Mahli abusua ne Musi abusua; eyinom ne Merari mmusua no. Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnsia ne ahanu. Na Merari mmusua no agya fi bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔmmɔ wɔn nsra atifi fam. Na Merari mma hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa, ne adiwo no ho adum a ehyia ho no ne ne nnyinaso ne ɛho mmofunnua ne ɛho ntampehama so. Na wɔn a wɔmmɔ nsra, ahyiae ntamadan no anim, apuei no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔhwɛ kronkronbea no so ma Israelfo no; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no. Lewifo a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn sɛ wɔn mmusua te no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa si ɔpeduonu abien. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ Kan Israelfo mu mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, na bu wɔn din dodow ano; na fa Lewifo ma me, mene AWURADE fa si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifo afieboa, si Israelfo afieboa mmakan nyinaa ananmu. Na Mose kanee Israelfo mu mmakan nyinaa sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. Na mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa din dodow, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te no ano si ɔpeduonu abien ne ahanu aduɔsɔn abiɛsa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewifo si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifo afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifo nyɛ me dea: Mene AWURADE. Na Israelfo mmakan mu nnipa ahanu aduɔsɔn abiɛsa a wɔboro Lewifo so no agyede de, gye obiara nnwetɛbona anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te na gye, gera aduonu nyɛ dwetɛbona biako; na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn so no agyede no ma Aaron ne ne mma. Na Mose gyigyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifo gyee wɔn no so hɔ. Israelfo mmakan hɔ na ogyigyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te. Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no ti dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Bu Kohat mma no ano fi Lewi mma no mu, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, fa fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ no so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m'adwuma ahyiae ntamadan no mu. Eyi ne Kohat mma no ahyiae ntamadan no mu som adwuma: akronkronne mu ade kronkron no. Na sɛ nsra no rebetu a, Aaron ne ne mma mmra mmeyi ntwamu mmɔhɔɔ no, na wɔmfa nkata adanse adaka no ho, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nto so, na wɔmfa bibitama mu ntrɛw so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu. Na wɔmfa bibitama nkata anim pon no so, na wɔmfa nsanka no ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa abodoo no nsisi so; na wɔmfa tankɔkɔɔ ntrɛw nneɛma no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. Na wɔmfa bibitama nkata kaneadua no ne n'akanea ne n'adabaw ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho. Na wɔmfa ɛno ne ɛho ade nyinaa nhyɛ sukraman nhoma nkataso mu, na wɔmfa nto mpata so. Na wɔmfa bibitama ntrɛw sika afɔremuka no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. Na wɔmfa ɔsom nneɛma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitama mu, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa nto mpata so. Na afɔremuka no, wɔnsesaw so nso ngu, na wɔmfa ntama a ɛbere dum ntrɛw so, na wɔmfa ɛho nneɛma a wɔde som so nyinaa, nsrama kukuwa ne adinam ne sofi ne nkora no, afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso ntrɛw so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu. Na nsra no rebetu na Aaron ne ne mma no wie akronkronne no ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma no nhyɛn mu nkɔma so, na wɔanka akronkronne no amma wɔanwuwu. Eyi ne Kohat mma adwuma, ahyiae ntamadan no mu. Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ahwɛde ne kanea ngo ne nnuhuam ne daa aduan afɔre ne ɔsra ngo no, tenabea no nyinaa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne kronkronbea hɔ ne ɛho nneɛma sohwɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momma wontwa Kohatfo mmusua mu abusuakuw no mmfi Lewifo mu, na eyi na monyɛ mma wɔn, na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronne mu adekronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛn mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn nnosoa ho; na wɔn de, wɔnnhyɛn mu mmfa wɔn ani mmmɛbɔ akronkronne no so, na wɔanwuwu. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Bu Gerson mma no nso ano sɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te; kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiae ntamadan no ho. Eyi ne Gersonfo mmusua no som a wɔnsom ne nneɛma a wɔnsoa, wɔn na wɔnsoa: tenabea no ntama no ne ahyiae ntamadan no, ne nkataso ne sukraman nkataso a ɛwɔ so no, ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no, ne adiwo no ho mmɔhɔɔ ne adiwo a etwa tenabea ne afɔremuka no ho hyia no abobow ano nkataano no, ne ne ntampehama ne ɛho adwuma ho nneɛma nyinaa; na wɔnyɛ ho adwuma a ehia sɛ wɔyɛ nyinaa. Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfo mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛde nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn adwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so. Eyi ne Gersonfo mma mmusua no ahyiae ntamadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam. Merari mma no nso, kan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te. Kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, obiara a obetumi akɔ ɔsa no, na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma. Na eyi ne nnosoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma: Tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso, ne adiwo a ehyia ho no adum ne ne nnyinaso ne ne mmofunnua ne ne ntampehama ne ɛho nneɛma ne nea ɛkeka ho nyinaa; na monkan nneɛma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa. Eyi ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma nyinaa, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam. Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kehatfo mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔde fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma. Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no so si mpennu ahansɔn aduonum. Eyinom ne Kohatfo mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn. Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma: wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so si mpennu ahansia aduasa. Eyinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn. Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma, wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛ wɔn mmusua te, si mpensa ne ahanu. Eyinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn. Na Lewifo a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wotumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiae ntamadan no mu no, wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si mpemnwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe. Sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne wɔn nnosoa ne nea wɔde hyehyɛɛ wɔn nsa no so mmiako mmiako; enti wɔkan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfo na wontu akwatafo nyinaa ne wɔn a wɔn ho sen gu nyinaa ne obiara a ɔde funu agu ne ho fi no mfi nsra no mu. Ɔbarima o, ɔbea o, muntu no, nsra no akyi na muntu wɔn nkɔ, na wɔangu mo nsra a mete mu wɔ mo mu no ho fi. Na Israelfo no yɛɛ saa, na wotutuu wɔn kɔɔ nsra no akyi; sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfo no yɛe. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Ɔbarima anaa ɔbea yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a, ɔmpae mu nka ne bɔne a wayɛ no, na ontua n'asodide no aboten mfa abupɛn anum mu biako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no. Na sɛ onipa no awu na onni obusuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodide no bɛma no a, asodide no yɛ AWURADE dea, na wɔmfa mma ɔsɔfo no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho. Na ɛsoma ade biara, Israelfo akronkronne a wɔde brɛ ɔsɔfo no nyinaa, nyɛ ne de. Na obiara akronkronne a ɔde ba no, ɛnyɛ ne de bio; na nea ɔde ma ɔsɔfo no nyɛ ɔsɔfo no dea. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere fi n'akyi na ɔkɔfom no, na ɔbarima bi ne no da na ne ho ka no, na osiw so ne kunu anim, na onnim sɛ ne ho agu fi na ɛho dansefo nni hɔ, na wɔankyere no wɔ so, na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbea no agu ne ho fi, ampa anaasɛ ninkuntwe honhom ba no so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbea no nguu ne ho fi a, ɛnne ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfo no anim. Na ɔmfa ɔbea no ho ayɛyɛde, atokosam olonka abupɛn du mu biako, mmra: onngu so ngo nanso ɔnnto so ohuamfufu, na ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, nkae aduan afɔre a wɔde kae amumɔyɛ. Na ɔsɔfo no mfa ɔbea no mmra mmegyina AWURADE anim. Na ɔsɔfo no nsaw nsu kronkron ngu kuku bi mu, na ɔnsaw tenabea hɔ fam mfutuma bi, na ɔmfa ngu nsu no mu; na ɔsɔfo no mfa ɔbea no nnyina AWURADE anim, na onyi ne ti so nkataso, na ɔmfa nkae aduan afɔre a ɛne ninkuntwe aduan afɔre no nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfo no nkura nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no ne nsam; na ɔsɔfo no mma onni nsew, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae ɛ, na sɛ wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi nsu nwenenwene a ɛde nnome ba yi ho; na sɛ woafi wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, ɛno de na ɔsɔfo no mma ɔbea no nni nsew yi: ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w'asen atotɔ mu na wo yafunu ahon; na nsu a ɛde nnome ba yi ahyɛn wo nsono mu ahon wo yafunu na w'asen atotɔ mu! Na ɔbea no nka sɛ Amen, Amen! Na ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwenenwene no mu, na ɔmma ɔbea no nnom nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no, na nsu a ɛde nnome ba no nkɔ no mu nkɔyɛ nwenenwene. Na ɔsɔfo no nnye ɔbea no nsam ninkuntwe ho aduan afɔre no, na onhim aduan afɔre no AWURADE anim, na ɔmfa mmɛn afɔremuka no; na ɔsɔfo no nsaw aduan afɔre no nsa ma ɛnyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbea no nnom nsu no. Na sɛ ɔma ɔnom, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnne nsu a ɛde nnome ba no bɛhyɛn ne mu akɔyɛ no nwene, na ne yafunu ahon na n'asen atotɔ mu, na ɔbea no adan nnome, ne man mu. Na sɛ ɔbea no ho nguu fi ɛ, na ne ho tew a, ɛnne ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma. Eyi ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbea bi fi ne kunu akyi kogu ne ho fi anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbea no mmegyina AWURADE anim, na ɔsɔfo no nyɛ no sɛnea mmara yi hyɛ nyinaa. Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi amumɔyɛ no ho, na ɔbea no asoa n'amumɔyɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no, Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafo mu hyɛ bɔ sɛ obetua ne ho ade de ne ho ama AWURADE a, ɛnne ontua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a akaw ne nsa a akaw, na ade biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba momono ne guanee nso, onnni; n'ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsowee mu aba oo, ɛho hono oo, onnni. N'ahotua bɔhyɛnna nyinaa mu no oyiwan bi nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkosi sɛ nna a otuaa ne ho maa AWURADE no bewie du; onsiw atimum. Nna a watua ne ho ade ama AWURADE no, ɔnnkɔ funu ho. N'agya ne ne na ne ne nuammarima ne ne nuabea wu mu mpo, onnkogu ne ho fi, efisɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n'atifi. N'ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE. Na sɛ obi kowu mpofirim wɔ ne ho afrɛso ma ogu n'ahotua ti ho fi a, onyi ne ti n'ahodwira da a ɛne da a ɛto so ason no. Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo no, ahyiae ntamadan no ano. Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔmpata mma no sɛ funu no nti wafom, na ɔnyɛ ne ti kronkron bio da no ara. Na ontua ne ho ade mma AWURADE n'ahotua nna no, na ɔmfa oguanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodi ho afɔre; na kan nna no ayera, efisɛ n'ahotua no ho agu fi. Na eyi ne ɔhotuafo ho mmara, ɛda a n'ahotua nna wie du no, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa n'ayɛyɛde mmrɛ AWURADE: oguanten ba a wadi afe a odi mu biako mmɛbɔ ɔhyew afɔre, ne oguammere biako a wadi afe a odi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako a odi mu mmɛbɔ asomdwoe afɔre; ne apiti abodoo, asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw ne apiti fam a wɔasra ho ngo kɛntɛn ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa. Na ɔsɔfo no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ho afɔre ne ne hyew afɔre. Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoe afɔre mpae apiti kɛntɛn no so, na ɔsɔfo no mmɔ n'aduan afɔre ne n'ahwiesa afɔre. Na ɔhotuafo no nyi n'ahotua ti, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa n'ahotua ti nwi no ngu asomdwoe afɔre no ase gya mu. Na ɔsɔfo no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti tetare biako ne apiti fam biako ngu ɔhotuafo a wayi n'ahotua ti no nsam; na ɔsɔfo no nhim no ohim afɔre AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfo no, ɛne ohim yan ne soma srɛ no; ɛno akyi no ɔhotuafo no nnom bobesa. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafo a n'ahotua no nti wahyɛ n'ayɛyɛde ho bɔ ama AWURADE, de ka nea ne nsa bɛso so ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛe te no, saa na ɔmfa n'ahotua mmara so nyɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛ munhyira Israelfo nka nkyerɛ wɔn ni: AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so; AWURADE ntew n'anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo; AWURADE mma n'ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoe. Na wɔmfa me din nto Israelfo so, na me de, mehyira wɔn. Na Mose wiee tenabea no si, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no, Israel mmapɔmma, wɔn mpanyimfi so atitiriw a wɔyɛ mmusuakuw no asafohempanyin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no so no de ayɛyɛde bae. Na wɔde wɔn ayɛyɛde baa AWURADE anim: nteaseɛnam a ɛso wɔ nkataso asia ne anantwi dumien; mmapɔmma baanu de teaseɛnam biako, na obiara de nantwi biako; na wɔde baa tenabea no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Gye wɔn ayɛyɛde no, na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na fa ma Lewifo no, obiara sɛnea n'adwuma te. Na Mose de nteaseɛnam ne anantwi no maa Lewifo no, ɔde nteaseɛnam abien ne anantwi anan maa Gerson mma, sɛ wɔn adwuma te, na ɔde nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe maa Merari mma, sɛ wɔn adwuma te, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam; na Kohat mma de, wamma wɔn bi, efisɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea no ho nneɛma no wɔn mmati so. Na mmapɔmma no de afɔremuka no adwirade bae, da a wɔsraa ho ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛde baa afɔremuka no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔremuka dwira ho ayɛyɛde no mmra mmiako mmiako, obiara ne ne da. Na nea ɔde n'ayɛyɛde bae da a edi kan ne Aminadab ba Nahasɔn a ofi Yuda abusuakuw mu no. Na n'ayɛyɛde ne: dwetɛasanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako a ano si nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama; sika asankawa biako a ano si nnwetɛbona du a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Aminadab ba Nahasɔn ayɛyɛde. Da a ɛto so abien no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae. N'ayɛyɛde a ɔde bae ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Suar ba Netanel ayɛyɛde. Da a ɛto so abiɛsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n'ayɛyɛde bae. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Helon ba Eliab ayɛyɛde. Da a ɛto so anan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛde. Da a ɛto so anum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel bae. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de, anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛde. Da a ɛto so asia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf bae. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛde. Da a ɛto so ason no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama. N'ayɛyɛde ne dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Amihud ba Elisama ayɛyɛde. Da a ɛto so awotwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛde. Da a ɛto so akron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛde. Da a ɛto so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛde. Da a ɛto so dubiako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Okran ba Pagiel ayɛyɛde. Da a ɛto so dumien no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira. N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama; sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma; nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre; ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre; ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Enan ba Ahira ayɛyɛde. Eyi ne adwirade da a wɔsra afɔremuka no ho ngo no Israel mmapɔmma no nsam: dwetɛ nsanka dumien, dwetɛ nkora dumien, sika nsankawa dumien; asanka no biako yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa, na kora biako yɛ aduɔsɔn, na nneɛma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbona mpennu ahannan, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; sika nsankawa a aduhuam ayeyɛ no maama dumien; asankawa no biako ano si nnwetɛbona du, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te, na nsankawa no sika nyinaa si nnwetɛbona ɔha aduonu. Ɔhyew afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini dumien, adwennini dumien, nguanten mma a wɔadi afe afe dumien ne wɔn nnuan ayɛyɛde ne bɔne ho afɔre mpapo dumien; na asomdwoe afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini aduonu anan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nguanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Eyi ne afɔremuka no sra akyi adwirade. Na Mose hyɛn ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛkasa kyerɛ no fi mpata agua a ɛwɔ adanse adaka no so no so wɔ kerubim abien no ntam; na Awurade kasa kyerɛɛ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ Wode akanea no sisi akaneadua no so a, akanea ason no nnɛw wɔ so nkyerɛ anim. Na Aaron yɛɛ saa: ɔde akanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na eyi ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaboro; efi n'ase kosi ne nhwiren so, ɛyɛ sika a wɔaboro ara nko; sɛ nhwɛso a AWURADE de kyerɛɛ Mose no te no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ Yi Lewifo fi Israelfo mu, na dwira wɔn. Na sɛnea dwira wɔn ni: Fa bɔneyi nsu pete wɔn so, na wɔmfa oyiwan nyiyi wɔn ho nyinaa, na wɔnhoro wɔn ntade, na wɔmfa ntew wɔn ho. Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduan afɔre, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw; na fa nantwinini foforo nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre. Na fa Lewifo no bra ahyiae ntamadan no ano, na ma Israelfo asafo mu no nyinaa mmɛbɔ gua; na fa Lewifo no bra AWURADE anim, na Israelfo no mfa wɔn nsa ngu Lewifo no so: na Aaron nhim Lewifo no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔre a efi Israelfo nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma. Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwi no atifi, na fa biako bɔ bɔne ho afɔre, na fa biako nso bɔ AWURADE hyew afɔre, na pata ma Lewifo no. Na fa Lewifo no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔre ma AWURADE. Na tew Lewifo no fi Israelfo mu, na Lewifo no mmɛyɛ me de. Ɛno akyi ansa na Lewifo no mmra mmɛsom ahyiae ntamadan no ho. Na tew wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔre, efisɛ ɔma na wɔde wɔn ama me afi Israelfo mu; mede wɔn masi ade a ebue yafunu ano nyinaa, Israelfo mu mmakan nyinaa, ananmu mafa. Na Israelfo mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefae; na mafa Lewifo no masi Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu; na mede Lewifo no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛde afi Israelfo mu sɛ wɔnyɛ Israelfo adwuma, ahyiae ntamadan no mu, na wɔmpata mma Israelfo, na Israelfo no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw bi amma wɔn so. Na Mose ne Aaron ne Israelfo asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifo no sa; sɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifo no nyinaa no, saa na Israelfo no yɛɛ wɔn. Na Lewifo no yii wɔn ho bɔne, na wɔhoroo wɔn ntade, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔre, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho. Ɛno akyi na Lewifo no bae bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiae ntamadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifo no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ Eyi nkɔma Lewifo no: Wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu anum ne akyiri no mmra mmɛyɛ ahyiae ntamadan no ho som mu adwuma no. Na wɔn a wɔadi mfe aduonum no mfi adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio. Nanso wonni mmoa wɔn nuanom no, ahyiae ntamadan no mu, nkura ɛsohwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnyɛ. Saa na hyehyɛ Lewifo no, wɔn asɛde no ho. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so, wɔn Misraim asase so fi afe a ɛto so abien sram a edi kan no mu sɛ Ma Israelfo nni twam no ne bere mu. Ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere, munni no ne bere mu sɛnea; n'ahyɛde ne n'akwan nyinaa so na munni. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni twam no. Na wodii twam no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere, Sinai sare so; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israelfo no yɛe. Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum funu bi ho, na wɔantumi anni twam no da no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara; na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yɛn ho akum funu bi ho; dɛn nti na wɔkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛde mmmrɛ AWURADE ne bere mu wɔ Israelfo mu? Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnyina hɔ na minkotie nea AWURADE bɛhyɛ ama mo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ Sɛ mo anaa mo asefo mu bi ho kum funu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantu mu akyirikyiri a, onni twam mma AWURADE ara. Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan anwummere na wonni; apiti ne fan nwenenwene na wɔmfa nni: wonnnyaw bi nnkosi anɔpa na wommmu ne dompe bi; wonni no twam no ho ahyɛde no nyinaa so. Na nea ne ho tew na ontuu kwan na ɔpa twam no di no, wobetwa ɔkra no afi ne man mu akyene, efisɛ wamfa AWURADE ayɛyɛde no amma ne bere mu; saa onipa no nsoa ne bɔne. Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo mu a, onni twam mma AWURADE: twam ahyɛde ne ne yɛbea no so na onni; ɔhɔho oo, asase no soni oo, ahyɛde biako na ɛnna hɔ mma mo. Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, omununkum no bɛkataa adanse ntamadan no tenabea no so, na anadwofa, wɔhwɛ a, ɛdɛw sɛ ogya, tenabea no so, de kosi anɔpa. Saa na ɛyɛ daa: omununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo. Na sɛ omununkum no ma ne ho so fi ntamadan no so a, na Israelfo no tu; na nea omununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɔ nsra. AWURADE anom asɛm so na Israelfo no nam tu, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra; nna a omununkum no tena tenabea no so nyinaa, wɔtena nsram. Na mpo sɛ omununkum no di tenabea no so nna pii a, Israelfo no yɛ AWURADE ahyɛde, na wontu. Na sɛ ebia omununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu. Na sɛ ebia omununkum no gyina fi anwummere kosi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wotu; anaasɛ awia ne anadwo na omununkum no ma ne ho so a, wotu; na sɛ nnanu, sɛ ɔsram, sɛ nna bebree, na omununkum no di tenabea no so a esi so ara a, Israelfo no tena nsram na wontu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wotu. AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu; AWURADE ahyɛde na wɔyɛe, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ dwetɛ ntorobɛnto abien, fa dwetɛ a wɔaboro na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ. Na sɛ wɔhyɛn n'abien nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiae ntamadan no ano. Na sɛ wɔhyɛn biako a, mmapɔmma a wodi Israel apem apem so atitiriw no mmehyia wo nkyɛn. Na sɛ mohyɛn osebɔ nnyigyei a, nsra a ɛdeda apuei fam no ntutu; na sɛ mohyɛn osebɔ to so abien a, nsra a ɛdeda anafo fam no ntutu: wɔrebetu no, osebɔ nnyigyei na wɔnhyɛn. Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ gua a, monhyɛn, nanso ɛnyɛ osebɔ. Na Aaron mma asɔfo no na wɔnhyɛn ntorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛde mo awo ntoatoaso nyinaa mu Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnne momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam. Na mo anigye nna ne mo afahyɛ a mohyɛ ne mo asram foforo no mu nso monhyɛn ntorobɛnto, mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre no so, na ɛnyɛ nkae mma mo, mo Nyankopɔn anim. Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na afe a ɛto so abien no sram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no, omununkum no maa ne ho so fii adanse tenabea no so. Na Israelfo no tutuu wɔn nsra siim fii Sinai sare so, na omununkum no kogyinaa Paran sare so. Na eyi ne nea edi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose so no so tui. Na Yuda mma nsra ɔfrankaa no tui kan, sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahasɔn di; na Isakar mma abusuakuw dɔm no so na Suar ba Netanel di; na Sebulon mma abusuakuw dɔm no so na Helon ba Eliab di. Ɛnna wohunhuan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui. Na Ruben mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur di; na Simeon mma abusuakuw dɔm no so na Surisadai ba Selumiel di; na Gad mma abusuakuw dɔm no so na Deuel ba Eliasaf di. Ɛnna Kohatfo no soasoaa akronkronne no tui; na wosii tenabea no de kosii sɛ wɔbae. Na Efraim mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama di; na Manase mma abusuakuw dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel di; na Benyamin mma abusuakuw dɔm no so na Gideoni ba Abidan di. Ɛnna Dan mma nsra ɔfrankaa no tui bɔɔ nsra no nyinaa kyidɔm sɛ wɔn dɔm ahorow no te; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser di; na Aser mma abusuakuw dɔm no so na Okran ba Pagiel di; na Naftali mma abusuakuw dɔm no so na Enan ba Ahira di. Eyi ne Israelfo tu a wotui sɛ wɔn dɔm ahorow te no. Na Mose ka kyerɛɛ n'akonta Hobab a ɔyɛ Midianni Reuel ba no sɛ: Yɛretu akɔ nea AWURADE kaa ho asɛm sɛ, ɛha na mede mɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yiye, efisɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom m'ankasa m'asase so ne m'abusua mu na mɛkɔ. Na ose: Eyi de, nnyaw yɛn; na wo na wunim nea yɛbɛbɔ nsra, sare no so nti, yɛ yɛn kwankyerɛfo; na sɛ wo ne yɛn nantew a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bɛyɛ wo bi. Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no; na wotu fi nsra no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia. Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ AWURADE, sɔre na w'atamfo mmɔ mpete na wɔn a wokyi wo nguan w'anim. Na sɛ ebegyina a, ɔka sɛ AWURADE, san bra Israel mpem mpem no nkyɛn. Na ɔman no yɛe sɛnea wɔrenwiinwii wɔn amane ho, AWURADE asom; na AWURADE tee no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔe wɔn mu hyew nsra no ano ano. Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii. Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera efisɛ AWURADE gya dɛwee wɔn mu. Na afrafrafo a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ ade, na Israelfo no nso san sui bio sɛ: Hena na ɔbɛma yɛn nam adi? Yɛakae nsumunam a yedii Misraim kwa ne ɛfere ne anowatere ne fan ne gyeene ne anwoo no. Afei yɛn kra akisa, na biribiara koraa nni hɔ sɛ: Mana a etua yɛn aniwa mu yi. Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho. Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam owiyammo so anaasɛ wosiw awaduru mu na wɔnoa ɔsɛn mu, na wɔyɛ no tetare, na ne dɛ te sɛ ngo tetare dɛ. Na sɛ obosu tɔ nsra no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so. Na Mose tee sɛ ɔman no resusuw wɔn mmusua mu wɔn ntamadan ano ano; na AWURADE bo hurui sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahometew. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛdɛn nti na wo ne w'akoa adi no bɔne, na ɛdɛn nti na mannya w'anim anuonyam, sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me so yi? So me na minyinsɛn ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wuse me sɛ: Turu wɔn wo koko so sɛnea ɔbayɛnfo turu akokoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so? Ɛhe na menya nam mama ɔman yi nyinaa, sɛ wosusu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yenni yi? Me nko mintumi minkura ɔman yi nyinaa, efisɛ ɛyɛ duru sen me. Na sɛ saa na wo ne me bedi no a, ɛnne sɛ m'anim aba onyam w'anim a, okum mmom na kum me, na manhu amane no. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boa Israel mpanyimfo mu mmarima aduɔsɔn ano ma me, nnipa a wunim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanyimfo ne wɔn kyerɛwfo, na fa wɔn bra ahyiae ntamadan no ho, na wɔne wo mmegyina hɔ. Na mesian me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura. Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mubedi nam, efisɛ moakosu agu AWURADE asom sɛ: Hena na ɔbɛma yɛn nam adi? Anka eye ma yɛn wɔ Misraim mmom. Enti AWURADE bɛma mo nam adi: ɛnyɛ da koro nko na mubedi, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko, na mmom ɛbɛkɔ akosi ɔsram, akosi sɛ ebefifi mo hwene mu na afono mo, esiane sɛ moapa AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasusu n'anim aka sɛ: Ɛdɛn nti na yefii Misraim bae yi? Na Mose kae sɛ, ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufo ɔpehansia, na wo de, wuse: Mɛma wɔn nam adi ɔsram? So wobekunkum nguan ne anantwi ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn? Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: So wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wubehu sɛ m'asɛm bɛba mu ama wo, anaasɛ ɛremma mu. Na Mose fii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanyimfo mu mmarima aduɔsɔn ano, na ɔde wɔn begyinaa ntamadan no ho hyiae. Na AWURADE sian omununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ no so no bi guu mpanyimfo aduɔsɔn no so; na honhom no bae wɔn so no, wɔkaa adiyisɛm, bere tiaa bi mu a wɔansan anyɛ bio. Na mmarima baanu kaa nsra no mu, obiako din de Eldad na obiako no de Medad; na honhom no besisii wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔkyerɛw wɔn din no mu, nanso wɔamfi adi ankɔ ntamadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsra no mu. Na aberante bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsra no mu. Na Nun ba Yosua a ɔyɛ Mose somfo fi ne mmerantebere mu no gyee so sɛ: Me wura Mose, bra wɔn! Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so. Na Mose ne Israel mpanyimfo no san baa nsra no mu. Na mframa fi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko fi ɛpo no ho beguu nsra no so, ɛbɛyɛ sɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsra no ho, wɔn sorokɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako. Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne n'adekyee ne adesae, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; nea onyaa nea esua koraa no po boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsra no ho hyia. Na nam no da so wɔ wɔn se mu a wonnya nwesawee no, AWURADE bo huru hyɛɛ ɔman no, na AWURADE de ɔyaredɔm kɛse pa bobɔɔ ɔman no. Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa, efisɛ ɛhɔ na wosiee ɔman a ade dɔɔ wɔn kɔn no. Na ɔman no tu fii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot. Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni bea, efisɛ na waware Kusni bea bi. Na wɔkae sɛ: So Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa? Na AWURADE tee. Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ: Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa mumfi adi mmra ahyiae ntamadan no ho. Na wɔn baasa no fii adi. Na AWURADE sianee omununkum dum mu begyinaa ntamadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu fii adi. Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no: ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa; ano ne ano na me ne no de kasa ohu mu, na ɛnyɛ mmebu mu, na ohu AWURADE suban: na ɛdɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa m'akoa Mose? Na AWURADE bo fuw wɔn, na osiim kɔe. Na omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛma. Na Aaron dan n'ani hwɛɛ Miriam, no hwɛ, na wayare kwata. Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mepa wo kyɛw, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so. Mma ɔnnyɛ sɛ funu a ofi ne na yam bae na ne honam fa asɛe dedaw. Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O, Onyankopɔn ee, sa no yare ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n'agya hinam n'ani so ntasu teta po a, anka n'ani renwu nnanson anaa? Wɔnto ne mu nnanson nsra no akyi, na ɛno akyi ansa na wɔmfa no mmra mu bio. Na wɔtoo Miriam mu nsra no akyi nnanson. Na ɔman no antu kosii sɛ wɔde Miriam baa mu bio. Na ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot, na wɔkɔbɔɔ nsra Paran sare so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfo no; monsoma ɔbarima biako mfi wɔn agyanom abusuakuw biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn fii Paran sare so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfo mu atitiriw. Na wɔn din ni: Ruben abusuakuw mu de ne Sakur ba Samua; Simeon abusuakuw de, Hori ba Safa; Yuda abusuakuw de, Yefune ba Kaleb; Isakar abusuakuw de, Yosef ba Igal; Efraim abusuakuw de, Nun ba Hosea; Benyamin abusuakuw de, Rafu ba Palti; Sebulon abusuakuw de, Sodi ba Gadiel; Yosef abusuakuw a ɛne Manase abusuakuw de, Susi ba Gadi; Dan abusuakuw de, Gemali ba Amiel; Aser abusuakuw de, Mikael ba Setur; Naftali abusuakuw de, Wofsi ba Nahbi; Gad abusuakuw de, Maki ba Geuel; eyinom ne mmarima a Mose soma kɔsraa asase no. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua. Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa anafo fam ha yi, na monkɔforo mmepɔw no; na monkɔhwɛ asase no sɛnea ɛte ne aman a wɔtete so no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔagurow, wosua anaasɛ wɔdɔɔso, ne sɛnea asase a wɔtete so no te, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne, ne sɛnea nkurow a wɔtete mu no tetee, sɛ wɔtete nsra mu anaa aban mu, ne sɛnea asase no te, sɛ emu yɛ bɛtɛɛ anaa kyenkyerenn, sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoduru ntetew asase no so aba bi mmra. Nso saa bere no yɛ bobe aba a edi kan bere. Na wosiim kɔe kɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob, nea wɔnam kɔ Hamat no. Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim). Na woduu Eskol bon mu, na wotwaa obobe baa ne bobe kasiaw biako wɔ so wɔ hɔ, na nnipa baanu wuraa no dua, ne ateaa ne borɔdɔma. Esiane sɛ: Israelfo no twaa obobe aba kasiaw wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol: ase ne: Bobe kasiaw. Na adaduanan dui no, wɔsan fii asase no sra bae. Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn. Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn so no so, na ɛsen nufusu ne ɛwo ampa, na ɛso aba ni. Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ. Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho. Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn. Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn. Na wɔmaa asase a wɔkɔsrae no ho atenka bɔne trɛw Israelfo no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsrae no yɛ asase a edi ɛsotefo, na nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko; na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so. Ɛnna asafo mu no nyinaa momaa wɔn nne so, na ɔman no sui anadwo no. Na Israelfo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yewuwui Misraim asase so, anaa sare so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu. Na ɛdɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio? Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yensi otitiriw na yɛnsan nkɔ Misraim. Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam, Israelfo asafo bagua no nyinaa anim. Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafo no mu no sunsuanee wɔn ntade mu, na wɔka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asase a yetwaa mu kɔsrae no yɛ asase pa ara. Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. AWURADE ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, AWURADE di yɛn akyi, munnsuro wɔn. Na asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw Yosua ne Kaleb abo. Ɛnna AWURADE anuonyam puei ahyiae ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛtew me ahi akosi da bɛn? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa akyi? Mede owuyare mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛno de, Misraimfo bɛte, efisɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afi wɔn mu; na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofo. Wɔate sɛ wo AWURADE wowɔ ɔman yi mu a woma wohu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wudi wɔn anim omununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo; na sɛ wukum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ: Esiane sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no so nti, na wakum wɔn sare so. Enti mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛse, sɛnea wokae sɛ: AWURADE yɛ abufuw mu nyaa na n'adɔe dɔɔso: Ɔde amumɔyɛ ne mmarato kyɛ, nanso ommu nea odi fɔ no kumfɔ; na otua agyanom amumɔyɛ so ka de fa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so. Fa ɔman yi amumɔyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛ wo dom kɛse no te, ne sɛnea wode afiri ɔman yi afi Misraim abedu ha yi no. Na AWURADE kae sɛ: Mede makyɛ wɔn sɛ w'asɛm se no, nanso sɛ mete ase na AWURADE anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi, mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa, ampa ara, wɔrenhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn a wɔatew me ahi no mu biara nso renhu. Na m'akoa Kaleb de, sɛ honhom a ɛso wɔ no mu na wadi m'akyi awie nti, mede no medu asase a ɔkɔɔ so no so, na n'asefo adi so. Na Amalekfo ne Kanaanfo no te bon no mu nti, ɔkyena monnan mo ho ntu nkɔ sare so mmɛw po kwan so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wonwiinwii hyɛ me no nkosi da bɛn? Israelfo anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no, mate. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara, sɛ mete ase yi, AWURADE na ose, sɛnea moakasa agu m'asom no, saa ara na mɛyɛ mo: Num yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛnea mo nyinaa ano si fi wɔn a wɔadi mfe aduonu de rekɔ, mo a munwiinwii hyɛɛ me no, morennu asase a mekaa ntam sɛ mede mo mɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua. Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no. Na mo de, mo afunu bɛdeda sare yi so, na mo mma ayɛ mmoahwɛfo, sare so, mfirihyia aduanan, na wɔasoa mo aguamammɔ akosi sɛ mo afunu bewie ɔsa sare so. Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no. Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, eyi na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔahyia ahyɛ me yi nyinaa. Num yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ. Na mmarima a Mose soma ma wɔkɔsraa asase no a wɔsan bae na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ no, sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne, fi trɛwee no, mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne fi trɛwee no wuwuu atɔfo wu, AWURADE anim, gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko. Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no nyinaa; na ɔman no dii nkɔmmɔ pii. Na wotuaa ahema foro kɔɔ bepɔw no atifi kae sɛ: Yɛn ni, yɛbɛforo akɔ nea AWURADE kae hɔ, efisɛ yɛayɛ bɔne. Na Mose kae sɛ ɛdɛn na mofom AWURADE asɛm no so yi? Eyi de, ɛrenyɛ yie. Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfo anim; na Amalekfo ne Kanaanfo wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrante ano; na sɛ moasan afi AWURADE akyi yi, AWURADE nso renni mo akyi. Na wotintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔw no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfi nsra no mu. Ɛnna Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian bae bekunkum wɔn bobɔɔ wɔn pete koduu Horma. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mudu asase a morekɔtena so a me ara mede merema mo no so, na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a, ɛnne nea ɔde n'ayɛyɛde brɛ AWURADE no, ɔmfa aduan afɔre nso mmra, asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw, ne ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako, na ɔmfa nka ɔhyew afɔre anaa okum afɔre guan ba biako ho. Na odwennini de, nea fa bɔ aduan afɔre ne asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw susutoa abupɛn abiɛsa mu biako, na fa ahwiesa susutoa abupɛn abiɛsa mu biako nso bra, na enyi hua huamhuam mma AWURADE. Na sɛ nantwi ba na wode rebɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre de ayɛ aboade, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE a, ɛnne aduan afɔre a ɔmfa nka nantwi ba no ho ne asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo susutoa fa afɔtɔw; na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Saa na wɔnyɛ nantwi biara anaa odwennini biara anaa nguanten anaa mmirekyi mma no mu biara; sɛ afɔre a mobɛbɔ no dodow te no, saa ara na monyɛ wɔn mu biara, sɛ wɔn dodow te. Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ ade yi sa mfa mmɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE. Na sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no. Ɔman asafo mu no, ahyɛde biako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no; ɔnyɛ daa ahyɛde mo awo ntoatoaso nyinaa mu: sɛnea mote no, saa nso na ɔhɔho nyɛ, AWURADE anim. Mmara koro ne atemmude koro na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mudu asase a mede mo merekɔ so no so, na ɛba sɛ mudi asase no so aduan no bi a, momma soma ade so mma AWURADE, momfa mo mmɔre a edi kan bi tetare nyɛ soma ade; sɛ moyɛ awiporowbea soma ade no, saa ara na momma so; momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ soma ade, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so, nea AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, fi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekodu mo awo ntoatoaso so no, na sɛ wɔfom awerɛfirim a ɔman no nnim a, ɛnne asafo no nyinaa mfa nantwinini biako mmɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE, ne n'aduan afɔre ne n'ahwiesa sɛ ne yɛbea te, ne ɔpapo biako, na ɔnyɛ bɔne ho afɔre. Na ɔsɔfo no mpata mma Israelfo asafo no nyinaa, na wɔde bekyɛ wɔn; efisɛ ɛyɛ ɔfom; na wɔn de, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛde aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔre ne wɔn bɔne ho afɔre, AWURADE anim; na wɔde bɛkyɛ Israelfo asafo no nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no, efisɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn, ɔfom no mu. Na sɛ ɔkra bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnne ɔmfa abirekyibere a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a ɔfomee awerɛfirim no, AWURADE anim, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no. Mmara biako na ɛnna hɔ mma mo mma nea ɔyɛ biribi awerɛfirim: nea ɔyɛ Israelfo mu kuromani, ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu. Na ɔkra a ɔde anuɔden boapa yɛ biribi no, asase no soni oo, ɔhɔho oo, wasopa AWURADE, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene, efisɛ wabu AWURADE asɛm animtiaa na wabu ne mmara asɛm so: otwa na wobetwa saa ɔkra no akyene, n'amumɔyɛ da no so. Na Israelfo no wɔ sare so no, wokohuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda; na nnipa a wohuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa; na wɔbɔɔ no dua mu, efisɛ wonnya nkyerɛɛ nea wɔnyɛ no ɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Okum na wonkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsiw no abo wɔ nsra no akyi. Ɛnna asafo no nyinaa de no fii adi kɔɔ nsra no akyi kosiw no abo ma owui, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntama ano nnwow, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, na wɔmfa bibiri hama nsuso ntama ano nnwow no mu; na ɛnyɛ mo nnwow a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moammɔre anni mo koma ne mo aniwa akyi, sɛnea motaa di akyi kɔbɔ aguaman no: nea ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na Lewi ba Kohat ba Ishar ba Kora ne Eliab mma Datan ne Abiram ne Pelet ba On a wofi Ruben abusua mu, faa nnipa bi, na wɔne Israelfo mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ baguafo, nnipa a wɔwɔ din, sɔre tiaa Mose; na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so gua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moayɛ bi! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, AWURADE wɔ wɔn mu biara mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so AWURADE bagua so? Na Mose tee no, ɔde n'anim butuw fam; na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n'asafo no nyinaa sɛ ɔkyena nko ara AWURADE bɛma wɔahu nea ɔyɛ ne de ne nea ɔyɛ kronkron a ɔbɛma wabɛn no; na nea ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma wabɛn no. Eyi na monyɛ Kora ne n'asafo no nyinaa, momfofa aduhuam nkukuwa, na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, AWURADE anim ɔkyena; na onipa a AWURADE beyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei de, ayɛ yie, mo Lewi mma! Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, muntie me ɛ! So ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no atew mo afi Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn? Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodi nso yi? Enti AWURADE na wo ne w'asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron de, hena ne no na munwiinwii hyɛ no? Na Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wose: Yɛremma! So ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afi asase a ɛsen nufusu ne wo so rebekum yɛn sare so, na woredi yɛn so mmakomasɛm nso yi? Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsen nufusu ne ɛwo so, na wommaa yɛn mfuw ne nturo sɛ yenni so; na mmarima yi aniwa na worebetutu? Yɛremma! Ɛnna Mose bo fuwii pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnan w'ani nkyerɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee wɔn nsam afurum biako po ɛ, nanso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi ɛ. Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w'asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena; na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhuam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra. Na wɔn mu biara faa ne kukuwa, na wɔsosɔɔ ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so de begyinagyinaa ahyiae ntamadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so gua hyiae ntamadan no ano. Na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Montwe mo ho mfi asafo yi mu, na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa? Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ Montwe mo ho so mfi Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Mose sɔre siim kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanyimfo dii n'akyi kɔe. Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfi nnipa bɔnefo yi ntamadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ. Na wɔmaa wɔn ho so fii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram fii adi begyinagyinaa wɔn ntamadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa. Na Mose kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛe yi nyinaa, na emfi m'ankasa. Sɛ nnipa nyinaa owu na eyinom bewuwu na nea ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnne na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me; na sɛ ade foforo na AWURADE bɛbɔ na asase bebue n'ano amene wɔn ne nea ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asan akɔ asaman a, ɛnne munhu sɛ mmarima yi ayi AWURADE ahii. Na owiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee, na asase buee n'ano menee wɔn ne wɔn afi ne nnipa a wɔka Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa; na wɔne nea wɔwɔ nyinaa nam anikan sian kɔɔ asaman, na asase sram wɔn so, na wɔyerae wɔ ɔman asafo no mu. Na Israelfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa guanee, wɔn gyegyeegye no ano, kae sɛ: Anyɛ a, asase bɛmene yɛn nso! Na ogya fii AWURADE nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, na ɔntase nkukuwa no mfi nhyewee no mu, na dwiriw ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron: Nnebɔneyɛfo yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abona atɛtrɛtɛ nkata afɔremuka no ho, efisɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo. Na ɔsɔfo Eleasar faa kɔbere nkukuwa a wɔn a wɔahyew no de bae no, na wɔboro de yɛɛ afɔremuka no ho nkataho, sɛ ɔnyɛ Israelfo nkae ade, na onipa foforo a omfi Aaron asefo mu no ammɛn ammɛhyew aduhuam, AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne ne dɔm no, sɛnea AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no. Na n'adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE man. Na asafo no boaboaa wɔn ho ano hyɛɛ Mose ne Aaron no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ ahyiae ntamadan no, na hwɛ, omununkum no akata so, na AWURADE anuonyam yii ne ho adi. Na Mose ne Aaron baa ahyiae ntamadan no anim. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Monsɔre mfi asafo yi mu na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na sɔ afɔremuka no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn; na AWURADE bo afuw, ɔyaredɔm no afi ase. Na Aaron faa nea Mose kae no, na otuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, ɔyaredɔm no afi ase ɔman no mu; na ɔde aduhuam no mae de pata maa ɔman no. Na ogyinaa awufo ne anikanfo no ntam, na wosiw ɔyaredɔm no ano. Na nnipa a wowuwui ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahansɔn, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no. Na ɔyaredɔm no to twae, Aaron san baa Mose nkyɛn ahyiae ntamadan no ano. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no, na gyigye wɔn hɔ wɔn mpanyimfi so mpoma mmiako mmiako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no, na kyerɛkyerɛw wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so; Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de. Na gyaw gu ahyiae ntamadan no mu, Adanse no anim, nea me ne mo hyia hɔ no. Na ɔbarima a meyi no no poma bɛfefɛw, na mama me ho anwiinwii a Israelfo nwiinwii hyɛ mo no agyae. Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa momaa no mpoma mmiako mmiako; mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu. Na Mose gyaw mpoma no guu AWURADE anim, adanse ntamadan no mu. Na ade kyee a Mose kɔɔ adanse ntamadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na asow amandola aba abere. Na Mose tasee mpoma no nyinaa de fi AWURADE anim fii adi brɛɛ Israelfo no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no san bra Adanse no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma asoɔdenfo no, na woatwa wɔn anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no to, na wɔanwuwu. Na Mose yɛɛ sa. Sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛe. Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe! Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: so yɛn nyinaa nwie sa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanyimfi nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumɔyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodi ho amumɔyɛ. Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuw, w'agya abusuakuw no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom no mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanse ntamadan no anim, na wonkura w'adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntamadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nneɛma ne afɔremuka no ho nko na wɔmmmɛn, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu. Na wɔnka wo ho, na wonkura ahyiae ntamadan no ho adwuma no mu nyɛ ntamadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforo biara ammɛn mo. Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma ne afɔremuka no ho nnwuma no, na abufuhyew bi amma Israelfo so bio. Na me de, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifo afi Israelfo mu mama mo sɛ akyɛde a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma no. Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me de, hwɛ, mede me soma ade so hwɛ mema wo; Israelfo akronkronne nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa. Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma. Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɔnyɛ wo ade kronkron. Na eyi nso nyɛ wo de: wɔn ayɛyɛde mu soma ade, Israelfo him afɔre nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho tew, wo fi mu, nni bi. Ngo foforo mu nea eye koraa no nyinaa ne nsa foforo ne awi mu nea eye koraa no nyinaa, emu adekan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama wo. Wɔn asase so ade nyinaa mu adekan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo de; obiara a ne ho tew wɔ wo fi nni bi. Israel mu ahyirade nyinaa nyɛ wo de. Ade biara a ebue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo de; nnipa mmakan, ne afieboa a wɔn ho ntew mmakan nso wonhyɛ wɔn anan mu. Na ananmuhyɛde no de, nea wadi ɔsram no, ma wonnye no dwetɛ nnwetɛbona anum a wobɛhyɛ ama wɔn, sɛ kronkronbea dwetɛbona a ano si gera aduonu no te. Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na wɔn nam nyɛ wo de sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo de no. Akronkronne mu soma ade a Israelfo de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɔnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w'asefo a wɔka wo ho no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worenni, na worennya kyɛfa bi wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w'agyapade Israelfo mu. Na Lewifo no de, wɔn som a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nti, hwɛ, mede Israel mu ntotoso du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapade. Na Israelfo no mmmɛn ahyiae ntamadan no bio, na wɔamfa mmusu anwuwu; na Lewifo no de, wɔn na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma, na, wɔnsoa ɛho mmusu: ɛyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; na Israelfo mu de, wɔrennya agyapade bi. Na Israelfo ntotoso du du a wɔmoma no yɛ soma ade ma AWURADE no, mede mama Lewifo no sɛ agyapade; ɛno nti na maka wɔn ho sɛ wɔrennya agyapade bi Israelfo mu no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Lewifo de, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mugyigye Israelfo hɔ ntotoso du du a mede mama mo fi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapade no a, ɛnne momma emu bi so nyɛ AWURADE soma ade, ntotoso du du no mu ntoso du. Na wommu mo soma ade mma mo sɛ awiporowbea awi ne nsa-kyi-amoa mu adenya. Enti mo nso momma soma ade so mma AWURADE mfi mo ntotoso du du a mugyigye Israelfo hɔ nyinaa mu, na momfa emu soma ade a ɛyɛ AWURADE de no mma ɔsɔfo Aaron. Ade a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE soma ade nyinaa, emu nea eye koraa no nyinaa mu akronkronne. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu nea eye koraa no so a, wommu nea aka no mma Lewifo sɛ awiporowbea nnɔbae ne nsa-kyi-amoa mu adenya. Na munni no baabiara, mo ne mo fifo, na ɛyɛ mo ahyiae ntamadan ho som adwuma so akatua. Na moma emu nea eye koraa no ma a, ɛnne na mmusu bi nna mo so na munngu Israelfo akronkronne ho fi, na moanwuwu. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Eyi ne mmara mu ahyɛde a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ wɔmfa nantwibere kɔkɔɔ a odi mu a onni dɛm a kɔndua nkɔɔ no so pɛn mmrɛ wo; na momfa no mma ɔsɔfo Eleasar, na ɔmfa no mfi nkɔ nsra no akyi, na wonkum no n'anim. Na ɔsɔfo Eleasar mfa ne nsatea nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiae ntamadan no anim fam mpɛn asɔn. Na wɔnhyew nantwibere no wɔ n'anim, ne ne nhoma ne nam, ne mogya, ne ne n'agyanan no nyinaa no wɔnhyew. Na ɔsɔfo no mfa kyeneduru ne adwerɛ ne kuntu mfuturu kɔkɔɔ ngu nantwibere a ɔrehyew no so. Na ɔsɔfo no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu; na ɔsɔfo no ho ntew kosi anwummere. Na nea ɔhyewee no nhoro ne ntade nsu mu, na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. Na ɔbarima bi a ne ho tew nsesaw nantwibere no nso no mfa nkogu nsra no akyi baabi a ɛhɔ tew, na ɛnyɛ Israelfo asafo no ahodwira nsu nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔre. Na nea ɔsesaw nantwibere no nso no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma Israelfo ne ɔhɔho a ɔsoɛ wɔn mu. Nea ɔka onipa biara funu no, ne ho ntew nnansɔn; ɔno na ɔmfa eyi nnwira ne ho mfi ne bɔne mu da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na ne ho atew; na sɛ wannwira ne ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no a, ne ho rentew. Obiara a ɔka owufo, onipa bi a wawu funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wontwa saa ɔkra no mfi Israel mu nkyene, efisɛ wɔampete ahodwira nsu a wampete angu no so nti, ne ho ntew, ne ho fi da so wɔ ne ho. Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma bere a obi awu wɔ ntamadan mu: Sɛ onipa wu ntamadan mu a, obiara a ɔba ntamadan no mu ne ade biara a ɛwɔ ntamadan no mu ho ntew nnansɔn; na ade biara a ano da hɔ na enni mmuaso a wɔde abua so no, ɛho ntew. Na obiara a ɔka nea watɔ nkrante ano anaa funu bi anaa onipa nnompe anaa ɔda bi wuram no, ne ho ntew nnansɔn. Na nea ne ho ntew no, wɔmfa bɔne ho afɔre a wɔahyew no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasu ngu so ade bi mu; na ɔbarima bi a ne ho tew mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu, na ɔmpete ngu ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne nea waka dompe anaa ɔtɔfo anaa funu anaa ɔda bi no so. Na nea ne ho tew no mpete ngu nea ne ho ntew no so, da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na onnwira ne ho da a ɛto so ason no, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare, na ne ho atew anwummere. Na onipa a ne ho ntew na wannwira ne ho no, wobetwa saa ɔkra no afi ɔman asafo no mu, efisɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsu no angu no so, enti ne ho ntew. Na eyi nyɛ wɔn daa ahyɛde. Na nea ɔpetee ahodwira nsu no nhoro ne ntade; na nea ɔka ahodwira nsu no ho ntew kosi anwummere; na ade biara a nea ne ho ntew no ka no ho ntew, na obiara a ɔka no no ho ntew kosi anwummere. Na Israelfo asafo mu no nyinaa baa Sin sare so, ɔsram a edi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wui wɔ hɔ, na wosiee no hɔ ara. Nso na nsu nni hɔ mma asafo no, na wohyia tiaa Mose ne Aaron. Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkae sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛn nuanom wuwui AWURADE anim no, yewuwui bi. Na ɛdɛn nti na mode AWURADE man asafo aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa yi? Na ɛdɛn nti na muyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba nea enye yi, nea wontumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne ateaa nni, na nsu po a wɔnom nni yi? Na Mose ne Aaron fii asafo no anim baa ahyiae ntamadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuw fam; na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monhyɛ ɔbotan no wɔn anim, sɛ ɔmma ne nsu, na yi ɔbotan no mu nsu ma wɔn, ne wɔn asafo ne wɔn mmoa nnom. Na Mose faa poma no fii AWURADE anim, sɛnea ɔhyɛɛ no no; na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Muntie ɛ, mo atuatewfo, so yenyi nsu mfi ɔbotan yi mu mma mo? Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mpɛn abien, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me anni, na moanyɛ me kronkron, Israelfo anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnu asase a mede mama wɔn no so. Eyi ne Meriba asu, efisɛ Israelfo ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu. Na Mose somaa abɔfo fi Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel se ni: Wo ara wunim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa, sɛ yɛn agyanom sian kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfo yɛɛ yɛn ne yɛn agyanom bɔne; na yesu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfo beyii yɛn fii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kurow a ɛwɔ wo hye so mu. Ma yɛmfa w'asase so; yɛremfa mfuw ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsu bi; yɛbɛnantew ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremman nifa anaa benkum de bɛkɔ akosi sɛ yebetwam w'asase so. Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me ha, na mamfa nkrante mamfi adi mammehyia wo. Na Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ɔtempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsu bi a, yebetua ka; ɛnyɛ asɛm bi, na me nan nko na ma memfa mintwam. Na ose: Mommetwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den fii adi behyiaa wɔn. Na Edom kamee Israel kwan a ɔde betwam n'asase so. Enti Israel man fii ne ho. Na Israelfo asafo mu no nyinaa tu fii Kades, na wɔbaa Hor bepɔw ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔw ho, Edom asase hye so sɛ: Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho. Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔw, na yi Aaron ntade no fa hyɛ ne ba Eleasar, onwu wɔ hɔ na ontiw ne mpanyimfo wɔ hɔ. Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔw, asafo no nyinaa anim. Na Mose yiyii Aaron ntade no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wui ɛhɔ wɔ bepɔw no atifi. Na Mose ne Eleasar fii bepɔw no so sianee. Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa. Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte anafo fam no tee sɛ Israel aba Atarim kwan so no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum. Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkurow pasaa. Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfo no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkurow pasaa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Horma. Na wotu fii Hor bepɔw ho faa mmɛw po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kontonkron akɔ. Na ɔman no ahome tew wɔn pii ɔkwan no so. Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ ɛdɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare so? Aduan biara nni hɔ, nsu nso nni hɔ, na aduan hunu yi afono yɛn. Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui. Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne wo; pa AWURADE kyɛw na ommeyi awɔ no mfi yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n'ano wɔ bɔre nsɛso, na fa no sɛn frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, obenya nkwa. Na Mose yɛɛ kɔbere wɔ no, na ɔde no sɛn frankaa dua no so; na sɛ ɔwɔ ka obi, na ɔhwɛ kɔbere wɔ no a, na wanya nkwa. Na Israelfo no tu kɔbɔɔ nsra wɔ Obot. Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-haabarim, sare a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so. Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ Sared subon mu. Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ asubɔnten Arnon a ɛsen sare so a efi Amori hye so no agya, efisɛ Arnon ne ɔhye a ɛda Moab ne Amori ntam. Enti wɔka AWURADE akodi nhoma no mu sɛ: Wɔnam ahuntu so faa Waheb ne Arnon nsubon no, ne nea nsubon no sensen a ɛdan kɔ Ar tenabea na etweri Moab hye ho no. Ɛhɔ na wofi kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsu anom, no. Ɛbere no mu na Israel too dwom yi sɛ Asubura, tue! Munnye no so! Asubura a atitiriw tui na ɔman mu mmapɔmma fumfunui, wɔde ahempoma ne wɔn mpoma. Na wofi sare so kɔɔ Matana; na wofi Matana kɔɔ Nahaliel, na wofi Nahaliel kɔɔ Bamot; na wofi Bamot kɔɔ obon a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ sare pradada so no mu. Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon nkyɛn se: Ma memfa w'asase so; yɛremman mfuw mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsu bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnantew akosi sɛ yebetwam w'asase so. Nanso Sihon amma Israel antwam n'asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano fi behyiaa Israel, sare so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe. Na Israel kum no nkrante ano faa n'asase fi Arnon kɔɔ Yabok so koduu Amonfo ho, efisɛ Amonfo no hye so hɔ yɛ den. Na Israel faa nkurow yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifo nkurow no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkurow nyinaa mu; na Hesbon ne Amorifo hene Sihon kurow, ɔno na ɔne kan Moab hene koe, na ogyee ne nsam nsaase nyinaa kosii Arnon ano. Ɛno nti na mmebufo no ka sɛ: Mommra Hesbon! Momma wɔnkyekye na wonsiesie Sihon kurow no. Na ogya bi fii Hesbon, ogyaframa fii Sihon kuro kɛse mu; ɛhyew Moab kurow Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom no. Wo Moab, due! Kemos man, moayera! Wama ne mmammarima aguanguan, na ne mmabea adan Amorifo hene Sihon nnommum. Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akodu Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Memfis de akodu Medeba. Na Israelfo no tenaa Amorifo asase so. Na Mose soma kɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkurowa, na otuu Amorifo a wɔwɔ hɔ no. Na wɔdan wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og fii adi behyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n'asase mahyɛ wo nsam, na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no. Na wokunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anguan, na wɔfaa asase no dii so. Na Israelfo no tu kɔbɔɔ nsra wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya. Na Sipor ba Balak huu nea Israel yɛɛ Amorifo no nyinaa. Na Moab suroo ɔman no pii, efisɛ wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfo no nti. Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo sɛ: Afei dɔm yi bedi yɛn ho ade nyinaa, sɛnea nantwi di asase so wura no. Saa bere no mu na Sipor ba Balak ne Moab hene. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfo asase so sɛ, wonkohyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wogu m'anim yi. Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me, sɛ ebia metumi makum wɔn, na mapam wɔn afi asase yi so anaa; na minim sɛ nea wuhyira no no, wɔahyira no, na nea wodome no no, wɔadome no. Na Moab mpanyin ne Midian mpanyin no siim kɔe, na adebisa so akatua no wɔ wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n'anim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuae bɛbrɛ mo, sɛnea AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ. Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkae sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi? Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moab hene Sipor ba Balak na ɔsoma baa me nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ, ɔman a wofi Misraim bae no abɛkata asase ani, afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia metumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Wo ne wɔn nnkɔ, nkɔdome ɔman no, efisɛ mahyira wɔn. Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ. Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkae sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba. Na Balak san somaa atitiriw a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sen kanfo no. Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak se ni: Afei de, mma biribi nnsiw wo me nkyɛn ba kwan, na mɛhyɛ wo anuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ enti bra ara, na bɛdome ɔman yi ma me. Na Bileam bua see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika ayɛ no ma no, ma me po a, merentumi mimmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛse. Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na minhu nea AWURADE bɛsan aka akyerɛ me. Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ nhyia na mmarima yi behyiaa wo a, sɔre na wo ne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ wo no nko na di so. Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n'afurum na ɔne Moab atitiriw no siim kɔe. Na ɔrekɔ no, Onyankopɔn bo fuwii, na AWURADE bɔfo begyinaa ɔkwan no so sɛ obesiw no kwan; nso na ɔte n'afurum so na ne nkoa baanu ne no na ɛnam. Na afurum no huu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina ɔkwan mu kura nkrante a watwe no, ɔman fii kwan no so kɔfaa wuram; na Bileam hwee afurum no sɛ ɔredan no aba ɔkwan mu. Ɛnna AWURADE bɔfo no kogyinaa bobe nturo ntam anammɔnkoro kwan bi mu a ɔfasu wɔ ha ne ha. Na afurum no huu AWURADE bɔfo no no, ɔde ne ho miaa ɔfasu no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasu no; na ɔkɔɔ so hwee no ara. Na AWURADE bɔfo no twiw kɔɔ anim kogyinaa nea ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdan akɔ nifa anaa benkum. Na afurum no huu AWURADE bɔfo no no, obutuw fam Bileam ase; na Bileam bo fuwii, na ɔde abaa bɔɔ afurum no. Ɛnna AWURADE buee afurum no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Dɛn na mayɛ wo na woabɔ me mpɛn abiɛsa yi? Na Bileam ka kyerɛɛ afurum no sɛ: Sɛ woagoru me ho ntia! Sɛ mikura nkrante a, anka sesɛɛ makum wo. Na afurum no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: So ɛnyɛ w'afurum ne me a woatena me so ara de abesi nnɛ da yi? So mayɛ wo sɛɛ pɛn? Na ose: Dabi. Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina ɔkwan mu kura nkrante a watwe, na ɔkotow de n'anim butuw fam. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wobɔɔ w'afurum no mpɛn abiɛsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wo kwan nteɛ wɔ m'anim; na afurum no huu me, na ɔman fii m'anim mpɛn abiɛsa yi; sɛ wamman amfi m'anim a, anka sesɛɛ makum wo dedaw, na ɔno de, magye no nkwa. Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Mayɛ bɔne, na minnim sɛ wo na wugyina ɔkwan mu hyia me; na afei, sɛɛ yɛ bɔne w'ani so de a, mɛsan m'akyi. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Wo ne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ wo no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitiriw no siim kɔe. Na Balak tee sɛ: Bileam reba no, ofi kohyiaa no, Moab kurow a ɛda Arnon a ɛyɛ ɔhye no so no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ. Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: So ɛnyɛ ɔsoma na mesomae sɛ, wommehyia wo mmra? Ɛdɛn nti na woamma? So wugye di sɛ merentumi menhyɛ wo anuonyam? Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, maba wo nkyɛn afei; so metumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m'anom no, ɛno na mɛka. Na Bileam ne Balak kɔe, na woduu Kiriat-husot. Na Balak de anantwi ne nguan bɔɔ afɔre ma wɔde kɔmaa Bileam ne atitiriw a wɔne no wɔ hɔ no. Na ade kyee no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ofi hɔ huu ɔman no ano. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha. Na Balak yɛe sɛnea Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini biako ne odwennini biako bobɔɔ ɔhyew afɔre, afɔremuka biara so. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kogyina wo hyew afɔre no ho, na menkɔ: ebia AWURADE behyia me, na ade ko a ɔbɛma mahu no, mɛka makyerɛ wo. Na osiim kɔɔ koko pataa bi so. Na Onyankopɔn behyiaa Bileam, na Bileam ka kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔremuka asɔn, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so. Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛnea kasa ne no. Na ɔsan kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, ɔno ne Moab atitiriw nyinaa. Na ɔkasae sɛ: Aram na Balak kɔfaa me fii, Moab hene no faa me fii apuei mmepɔw mu sɛ Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua. Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome nea Onyankopɔn nnomee no no, na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ nea AWURADE mmɔɔ no dua no dua? Abotan atifi na mifi mihu no, na nkoko so na mifi migyen no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena ni, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman. Hena na ɔbɛkan Yakob mfutuma ne Israel abupɛn anan mu biako dodow? Ma menwu teefo wu, na m'awiei nyɛ sɛ wɔn de. Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Woyɛ me dɛn ni? M'atamfo nnome nti na mekɔfaa wo bae, na hwɛ, nhyira na wuhyira wɔn. Na obuae sɛ: So ɛnyɛ nea AWURADE de hyɛ m'anom no na ɛsɛ sɛ mehwɛ meka? Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne bra na yɛnkɔ baabi foforo ɛ, faako a wubehu wɔn; wɔn ano nko na wubehu, na worenhu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ. Na ɔde no kɔɔ Sofim sare so, Pisga bepɔw atifi, na osii afɔremuka asɔn, na ɔde nantwinini ne odwennini bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so. Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w'afɔremuka no ho ara, na me de, merekɔ makɔhwɛ. Na AWURADE behyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n'anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na kasa. Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, na Moab atitiriw no ne no gyinagyina hɔ; na Balak bisaa no sɛ: Dɛn na AWURADE kae? Na ɔkasaa mmebu mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba. Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim? Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennan ani. Wanhu amumɔyɛ Yakob mu, na wanhu ɔhaw Israel mu. AWURADE Nyankopɔn di n'akyi, na ɔhene ho ahurusi wɔ no mu. Onyankopɔn ayi wɔn afi Misraim, n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de. Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayeyi! Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabere, na ɔma ne ho so sɛ gyata: ɔremmutuw gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfo mogya ansa. Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa. Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ? Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforo, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ. Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ sare pradada no so no. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na fa anantwinini ason ne adwennini ason brɛ me ha. Na Balak yɛe sɛ Bileam kae no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so. Na Bileam hui sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛ ɔkɔe kan no, na mmom ɔde n'ani kyerɛɛ sare no so. Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so, na ɔkasae sɛ Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya, nea ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, nea ohu Tweaduampɔn anisoade, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no: Wo ntamadan yɛ fɛ dɛn ara, Yakob, wo tenabea no, Israel! Ɛyerɛw sɛ asubon, sɛ asu so nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛw, te sɛ nsu so nkyeneduru. Ne nsusaw ade mu nsu bubu so, na n'asefo tena nsu pii mu. Ne hene so sen Agag, na wɔbɛma n'ahenni so. Onyankopɔn na oyii no fii Misraim, n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n'atamfo, na wadwerɛw wɔn nnompe, na ɔde n'agyan awowɔ wɔn. Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere, hena na ɔbɛma wasɔre? Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo. Ɛnna Balak bo fuw Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M'atamfo nnome nti na mihyiaa wo, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mpɛn abiɛsa yi? Na afei guan kɔ nea wufi! Mekae sɛ anka mɛhyɛ wo anuonyam, na hwɛ, AWURADE asiw w'anuonyam ho kwan. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: So manka mankyerɛ w'abɔfo a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ: Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mentena AWURADE asɛm mimfi me komam menkɔyɛ papa anaa bɔne; nea AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka? Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa nkyerɛ wo nea ɔman yi bɛyɛ wo man nna a edi akyiri no mu. Na ɔkasae sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya, nea ɔte Nyankopɔn nsɛm na ohu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, nea ɔhwɛ Tweaduampɔn ahwɛde, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no: Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa. Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n'atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenne ara. Na obi a ofi Yakob mu bedi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kurow no mu no. Afei ɔhwɛɛ Amalek toaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n'awiei bewie no ɔsɛe mu. Na ɔhwɛɛ Kenifo toaa ne kasa no so kae sɛ: Wo tenabea si hɔ pintinn, na wode wo berebuw asie ɔbotan mu; nanso wobegu Kain ase, de akosi sɛ Asur bɛfa wo nnommum. Na owie ne kasa no sɛ: Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ eyi a, hena na obenya nkwa? Na ahyɛn befi Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso awie no ɔsɛe mu. Ɛnna Bileam sɔree, na osiim san kɔɔ n'atenae; na Balak nso kɔɔ ne kwan. Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman; na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no; na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuw Israel; na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitiriw no nyinaa, na sensɛn wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyew no nsan mfi Israel so. Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no sɛ: Munkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no. Na hwɛ, ɔbarima bi fi Israelfo no mu bae a ɔde Midianni bea bi baa ne nuanom nkyɛn, Mose aniso ne Israelfo asafo no nyinaa aniso; ɛbere a wɔn de, wɔresu ahyiae ntamadan no ano. Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas hui no, ɔsɔre fii asafo no mu kɔfaa peaw kurae, na odii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbea no nyinaa hwirew n'ayaase; na ɔhaw no to twae fii Israelfo no so. Na nnipa a wowuwui ɔhaw no mu ano si ɔpeduonu anan. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas asianka m'abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu, a enti manhyew Israelfo wɔ me ninkuntwe mu. Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m'asomdwoe apam merema no, na ayɛ ɔno ne n'asefo a wɔbɛba n'akyi no daa asɔfodi apam, efisɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfo. Na Israelni a wokum no, ne Midianni bea no din ne: Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfo mpanyimfi mu bapɔmma. Na Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfo mu mpanyimfi so man panyin no ba. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Munhiahia Midianfo ho na munkum wɔn, esiane sɛ wɔn nso wɔn anifere a wɔde ahiahia mo ho, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabea Kosbi, Midian safohene no ba a wokum no da a Peor ho haw no bae no nti. Na ɔhaw no akyi no AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ: Monkan Israelfo asafo no nyinaa dodow mfi nea wadi mfirihyia aduonu so mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanyimfi te, Israel mu nnipa a wotumi kɔ ɔsa nyinaa. Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ wɔn, Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ: Kan wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu de rekɔ no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfo a wofi Misraim asase so bae no. Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfo abusua; Palu de, Palufo abusua; Hesron de, Hesronfo abusua; Karmi de, Karmifo abusua. Eyinom ne Rubenfo mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan abiɛsa ne ahansɔn aduasa. Na Palu mma: Eliab; na Eliab mma: Nemuel ne Datan ne Abiram. Eyinom ne Datan ne Abiram, asafo no mu aguasemfo a wɔne Mose ne Aaron hamee Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hamee no mu; na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne. Nanso Kora mma de, wɔanwuwu. Simeon mma, sɛ wɔn mmusua te: Nemuel de, Nemuelfo abusua; Yamin de, Yaminfo abusua; Yakin de, Yakinfo abusua; Sera de, Serafo abusua; Saul de, Saulfo abusua. Eyinom ne Simeonfo mmusua. Wosi ɔpeduonu abien ne ahanu. Gad mma, sɛ wɔn mmusua te: Sefon de, Sefonfo abusua; Hagi de, Hagifo abusua; Suni de, Sunifo abusua; Osni de, Osnifo abusua; Eri de, Erifo abusua; Arod de, Arodfo abusua; Areli de, Arelifo abusua. Eyinom ne Gad mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduanan ne ahanum. Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwui Kanaan asase so. Na Yuda mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sela de, Selafo abusua; Peres de, Peresfo abusua; Sera de, Serafo abusua. Na Peres mma ni: Hesron de, Hesronfo abusua; Hamul de, Hamulfo abusua. Eyinom ne Yuda mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduɔsɔn asia ne ahannum. Isakar mma, sɛ wɔn mmusua te: Tola de, Tolafo abusua; Puwa de, Puwafo abusua; Yasub de, Yasubfo abusua; Simron de, Simronfo abusua. Eyinom ne Isakar mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia anan ne ahasa. Sebulon mma, sɛ wɔn mmusua te: Sered de, Seredfo abusua; Elon de, Elonfo abusua; Yahleel de, Yahleelfo abusua. Eyinom ne Sebulon mmusua sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia ne ahanum. Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te: Manase ne Efraim. Manase mma: Makir de, Makirfo abusua; na Makir woo Gilead; Gilead de, Gileadfo abusua. Gilead mma ni: Yeser, Yeserfo abusua; Helek de, Helekfo abusua; ne Asriel, Asrielfo abusua; ne Sekem, Sekemfo abusua; ne Semida, Semidafo abusua; ne Hefer, Heferfo abusua; na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mmabea; na Selofehad mmabea din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Eyinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduonum abien ne ahanson. Efraim mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sutela de, Sutelafo abusua; Beker de, Bekerfo abusua; Tahan de, Tahanfo abusua. Na Sutela mma ni: Eran de, Eranfo abusua. Eyinom ne Efraim mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduasa abien ne ahanum. Eyinom ne Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te. Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te: Bela de, Bela abusua; Asbel de, Asbel abusua; Ahiram de, Ahiram abusua; Sefufam de, Sefufam abusua; Hufam de, Hufam abusua. Na Bela mma ne Ard ne Naaman; Ard de, Ard abusua; Naaman de, Naaman abusua. Eyinom ne Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahansia. Dan mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Suham de, Suhamfo abusua. Eyinom ne Dan mmusua, sɛ wɔn mmusua te. Suhamfo mmusua nyinaa sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te si ɔpeduosia anan ne ahannan. Aser mma, sɛ wɔn mmusua te: Yimna de, Yimnafo abusua; Isui de, Isuifo abusua; Beria de, Beriafo abusua; Beria mma de: Heber de, Heberfo abusua; Malkiel de, Malkielfo abusua. Na Aser babea din de Sera. Eyinom ne Aser mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te: ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan. Naftali mma, sɛ wɔn mmusua te: Yakseel de, Yakseelfo abusua; Guni de, Gunifo abusua; Yeser de, Yeserfo abusua; Silem de, Silemfo abusua. Eyinom ne Naftali mmusua, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahanan. Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn no: ɔpehansia ne baako, ahansɔn aduasa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te. Abusuakuw a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na nea esua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛnea obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano te na wɔmma no n'agyapade. Nanso ntonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wonnye wɔn kyɛfa no sɛnea wɔn agyanom mmusuakuw no din te. Ntonto so na wɔmfa nkyɛ agyapade mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wosua. Na Lewifo a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te ni: Gerson de, Gersonfo abusua; Kohat de, Kohatfo abusua; Merari de, Merarifo abusua. Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua, Hebronfo abusua, Mahlifo abusua, Musifo abusua, Korafo abusua. Na Kehat woo Amram. Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam maa Amram. Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar maa no; nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wowuwui. Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduonu abiɛsa, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfo, na wɔamma wɔn agyapade Israelfo mu. Eyinom ne wɔn a Mose ne ɔsɔfo Eleasar kenkan wɔn, ɔkan a wɔkan Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no. Nso ɔbarima biara mfra eyinom mu a ofi nnipa a Mose ne ɔsɔfo Aaron kan wɔn, bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no mu, efisɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ owu na wobewuwu sare so, na wɔn mu biara anka, sɛ Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua. Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmabea a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twiw bae; na ne mmabea no din ne: Mahla, Noa ne Hogla ne Milka ne Tirsa. Na wobegyinaa Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiae ntamadan no ano kae sɛ: Yɛn agya wui sare so, nso ɔno de, ɔmfra asafo a wohyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na n'ankasa ne bɔne nti na owui; nso na onni mmammarima. Ɛdɛn nti na yɛn agya din mpopa mfi n'abusua mu sɛ onni babarima yi? Ma yɛn agyapade yɛn agya ne nuanom mu. Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ Selofehad mmabea no asɛm no teɛ, na ma wɔn agyapade na wonni so wɔn agya ne nuanom mu, na ma wɔn agya agyapade no nyɛ wɔn dea. Na kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na onni babarima a, ɛnne momma n'agyapade nyɛ ne babea de. Na sɛ onni babea nso a, ɛnne momfa n'agyapade mma ne nuammarimanom; na sɛ onni nuammarima nso a, momfa n'agyapade mma n'agya nuanom. Na sɛ n'agya nni nuanom nso a, momfa n'agyapade mma ne bogya a ɔbɛn no n'abusua mu na onni so. Na eyi nyɛ ahyɛde ne mmara mma Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔw yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfo no; na sɛ wunya hu a, watiw wo mpanyimfo, sɛnea Aaron tiw ne mpanyimfo no, efisɛ moyɛɛ m'asɛm ho asoɔden, Sin sare so, asafo no ham no mu a ɛsɛ sɛ anka moyɛ me kronkron, nsu no ho wɔ wɔn ani so no. (Ɛne ɔham nsu no wɔ Kades, Sin sare so). Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ Ma AWURADE, ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu no so. Na fa no gyina ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim; na fa w'anuonyam no bi hyɛ no, na Israelfo asafo mu no nyinaa ntie no. Na onkogyina Ɔsɔfo Eleasar anim, na ommisa Urim atemmu mma no, AWURADE anim; ɔno na ɔka a, womfi adi, na ɔka a, wɔmmra mu, ɔno ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa. Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kogyinaa ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim, na ɔde ne nsa guu no so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: M'ayɛyɛde, m'aduan a wɔde bɔ ogya afɔre ma eyi hua huamhuam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne bere a ɛsɛ mu. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔre a momfa mmrɛ AWURADE ni: Nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyew afɔre daa yi. Oguammaa biako na fa bɔ anɔpa, na fa oguammaa biako no bɔ anwummere de. Na fa asikresam olonka abupɛn du mu biako yɛ aduan afɔre a wɔde ngodua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw. Ɛyɛ daa ɔhyew afɔre a wɔhyehyɛe Sinai bepɔw so a eyi hua huamhuam a ɛyɛ AWURADE gya afɔre. Na n'ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wohwie no ma AWURADE. Na oguammaa a ɔto so abien no, fa bɔ anwummere de, na fa aduan afɔre ne n'ahwiesa ka ho sɛ anɔpa de no ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. Na homeda de, nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, ne ɛho ahwiesa: daa homeda hyew afɔre a ɛka daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no ho ne no. Na mo asram foforo asefi nso, momfa ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako, nguanten mma ason a wɔadi afe afe a wodi mu. Na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka nantwinini biara ho, na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw nka odwennini biako no ho, na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw nka oguammaa biara ho: ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam a wɔhyew ma AWURADE ne no. Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn abiɛsa mu biako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biara ho. Eyi ne ɔsram biara hyew afɔre, afirihyia asram no mu. Na wɔmfa ɔpapo biako nso mmɔ bɔne ho afɔre mma AWURADE nka daa ɔhyew afɔre no ne ɛho ahwiesa no so. Na ɔsram a edi kan da a ɛto so dunan no yɛ AWURADE Twam. Na ɔsram no ara da a ɛto so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wonni apiti abodoo. Da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara; na momfa ogya afɔre a ɛyɛ ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wodi mu; ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biako ho, na abupɛn du mu abien nka odwennini no ho, na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho; ne bɔne ho afɔre papo biako a wɔde bɛpata ama mo; monyɛ eyinom nka anɔpa hyew afɔre a ɛyɛ daa ɔhyew afɔre no ha. Saa ara na nnansɔn no mu da biara momfa aduan mmɛbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE; wɔnyɛ eyi mpae daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no so. Na da a ɛto so ason no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara. Na sɛ mo adapɛn afahyɛ du a, aduankan da a mode mo aduan foforo afɔre rebrɛ AWURADE no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara; na momfa ɔhyew afɔre mmra na enyi hua huamhuam mma AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe; ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho, abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho; ne ɔpapo biako a wɔde bɛpata ama mo; monyɛ eyi ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre no so; monhwɛ sɛ wodi mu. Na ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɔnyɛ mo torobɛntohyɛn da. Na mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu; ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho, na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho; ne ɔpapo biako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre de apata ama mo; ɛsono ɔsram foforo so hyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne ɛho ahwiesa sɛ ɛtetee; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam. Na ɔsram a ɛto so ason no ara da a ɛto so du no, munhyia nhyia kronkron, na munni mmuada; monnyɛ adwuma biara; na momfa ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu; ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho, abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho; ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono bɔne ho mpata afɔre ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnansɔn mma AWURADE. Na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: anantwinini dumiɛnsa, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka anantwinini dumiɛnsa no mu biara ho, abupɛn du mu abien nka adwennini abien no mu biara ho, na abupɛn du mu biako nka nguammaa dunan no mu biara ho; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre, ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛto so abien no: anantwinini dumien, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na ɛda a ɛto so abiɛsa no: anantwinini dubiako, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwi, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛto so anan no: anantwinini du, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛto so anum no: anantwinini akron, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛto so asia no: anantwinini awotwe, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛto so ason no: anantwinini asɔn, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu; ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Ɛda a ɛto so awotwe no, munhyia afahyɛ nhyiam; monnyɛ adwuma den biara; na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu; nantwinini ne odwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa. Eyinom na monyɛ mma AWURADE, mo fa a mohyɛ no mu, ɛsono mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre, mo hyew afɔre ne mo aduan afɔre ne mo ahwiesa ne mo asomdwoe afɔre. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo mmusuakuw no so atitiriw sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ. Na sɛ ɔbea bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi n'agya fi, wɔ ne mmabaabere mu, na n'agya te ne bɔhyɛ no ne n'ahotua a ɔde tua ne kra biribi no, na n'agya yɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no gyina hɔ. Na sɛ da a n'agya bɛte no wampene a, ɛnne ne bɔhyɛ nyinaa ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; na AWURADE de bɛkyɛ no, efisɛ n'agya ampene. Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa nea afi n'anom a ɔde atua ne kra biribi no da no so, na ne kunu te, na da a ɔte no ɔyɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na otua a ɔde atua ne kra biribi no gyina hɔ. Na sɛ da a ne kunu te no, wampene a, na wasan ne bɔhyɛ a ɛda no so ne nea efii n'anom a ɔde tuaa ne kra biribi no, na AWURADE de bɛkyɛ no. Na ɔbea kunafo anaa nea wɔako no bɔhyɛ de, ade biara a otua ne kra no da no so. Na sɛ ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi, na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na ade biara a watua ne kra no gyina hɔ. Nanso sɛ ne kunu san no da a ɔtee no a, ɛnne ade biara a afi n'anom a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; ne kunu asan, na AWURADE de bɛkyɛ no. Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma ennyina hɔ na ne kunu na ɔnsan; na sɛ ne kunu no nka ho hwee daa a, wahyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n'ahotua no nyinaa mu den, efisɛ da a ɔtee no, wanka ho hwee; na sɛ ɔtee no akyi ansa na ɔresan a, ɛnne ɔnsoa ne yere amumɔyɛ. Eyinom ne ahyɛde a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babea a ɔwɔ ne mmabaabere mu, n'agya fi ntam. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Tɔ Midianfo so were ma Israelfo, na ɛno akyi no woakɔ wo nsumankyiri. Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia wɔn ho ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfo so. Israel mmusuakuw nyinaa mu, momma abusuakuw biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no. Na woyiyii Israel mpem ahorow mu nnipa mpem dumien a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuw biara mu apem. Na Mose somaa wɔn kɔɔ ɔsa no, abusuakuw biara mu apem, wɔne ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas, a kronkronbea hɔ nneɛma ne osebɔ ntorobɛnto no wɔ ne nsam. Na wɔne Midian kɔkoe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, na wokunkum wɔn mmarima nyinaa; na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a ɛtotɔe no ho. Median ahemfo a wokum wɔn yɛ baanum a wɔne: Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba, na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrante kum no. Na Israelfo no faa Midian mmea ne mmofra nnommum, na wɔfom wɔn anantwi ne wɔn nguan ne wɔn ahode nyinaa; na wɔtotoo wɔn nkurow nyinaa ne wɔn nsraban nyinaa, mu gya. Na wɔde asade no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfae no nyinaa brɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfae ne asade no, wɔde baa nsra no mu, Moab tataw a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so. Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mmapɔmma nyinaa fi nsra no mu fii adi kohyiaa wɔn. Na Mose bo fuw dɔm no asafohene a wodi apem apem ne ɔha ɔha so a wofi akono reba no; na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmea no nyinaa nkwa anaa? Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfo wae fii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo mu no. Enti munkunkum mmofra no mu mmarima nyinaa, na mmea no mu biara a onim ɔbarima ne ɔbarima ada no nso, munkum no; na mmofra no mu mmea a wonhuu mmarima nna no de, munnye wɔn nkwa na momfa wɔn. Na mo ankasa nso, mommɔ nsra ntena mu nsra no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obi ne obiara a waka ɔtɔfo no, munnwira mo ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, mo ne mo nnommum no. Na atade biara ne nhoma ade biara ne ade a wɔde abirekyi nwi ayɛ nyinaa ne dua ade nyinaa, munnwira ho. Na ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ akofo a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Eyi ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛde: Sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sanyaa ne sumpii de, ade biara a ɛkɔ ogya mu no, momma ɛmfa ogya mu na ɛho ntew, nanso momfa ahodwira nsu nnwira ho. Na ade biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma ɛmfa nsu mu. Na monhoro mo ntade da a ɛto so ason no, na mo ho ntew, na ɛno akyi ansa na mommra nsra no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu agyanom afi mu atitiriw no mmu nnommum ne nea wɔfae, nnipa ne mmoa, no ano. Na kyɛ asade no mu abien ma akofo a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa. Na gye akofo a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ tow ma AWURADE: nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan mu, ahanum ahanum mu mmiako mmiako, fi wɔn fa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ AWURADE soma afɔrebɔde. Israelfo fa no mu de, gye nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na fa ma Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no. Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Nso asade a ɛyɛ asade a dɔm no fae no nkae si nguan ɔpehansia ne ɔpeduɔson anum, ne anantwi ɔpeduɔson abien, ne mfurum ɔpeduosia biako, ne akra, ɔpeduasa abien mmea a wonhuu mmarima nna, mu akra nyinaa si ɔpeduasa abien. Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano si nguan ɔpehasa ne ɔpeduasa ason ne ahannum; na nguan no mu tow a woyi maa AWURADE si nguan ahansia aduɔsɔn anum; na anantwi no si ɔpeduasa asia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduɔson abien; na mfurum no si ɔpeduasa ahanum, na tow a woyii maa AWURADE si aduosia biako; na akra no si ɔpedunsia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduasa abien. Na Mose de AWURADE soma tow no maa ɔsɔfo Eleasar, sɛnea AWURADE hyɛɛ no. Na Israelfo no fa a Mose gyee akofo no nsam no mu de, ɔfa a ɛyɛ asafo no de no ne: nguan no mu ɔpehasa aduasa ason ne ahanum, ne anantwi ɔpeduasa asia, ne mfurum ɔpeduasa ne ahanum, ne nnipa akra ɔpedunsia. Na Mose faa Israelfo no fa no mu de, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na ɔde maa Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Ɛnna asafohene a wodi dɔm mu mpem ahorow so no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitiriw no twiw bɛn Mose bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofo a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera; enti na yɛde AWURADE ayɛyɛde reba yi, obiara a onyaa sika nnwinne, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, asomkaa ne kɔmuade, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim. Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee wɔn hɔ sika no, nnwinne no nyinaa; na ɛsoma sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa si nnwetɛbona ɔpedunsia ahanson aduonum a efi apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam. Nea akofo no fom kaa ho no, wɔn ara fofae. Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiae ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae ade, AWURADE anim. Na Ruben mma ne Gad mma wɔ mmoa pii a ɛdɔɔso pa ara, na wohuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, ɛhɔ yɛ baabi a eye ma mmoa. Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ: Atarot ne Dibon ne Yaser ne Nimra ne Hesbon ne Eleale ne Sebam ne Nebo ne Beon, asase a AWURADE abrɛ no ase Israel asafo anim no, yɛ asase a eye ma mmoayɛn; na wo nkoa wɔ mmoa. Na wɔkae sɛ: Sɛ yɛn anim aba onyam wɔ w'anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yenni so, na mfa yɛn ntwa Yordan. Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: So mo nuanom nkɔ, na mo de, montena ha? Na ɛdɛn na mutu Israelfo koma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrentwa nnkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so. Saa na mo agyanom yɛe bere a mesomaa wɔn fi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no, na wɔforo koduu Eskol subon no mu, na wohuu asase no, na wobetuu Israelfo no koma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so; na AWURADE bo fuwii da no, na ɔkaa ntam sɛ: Mmarima a wofi Misraim bae a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no renhu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, efisɛ wɔanwie m'akyidi! Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, efisɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyi nokware mu. Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔma wokyinkyinii sare so mfirihyia aduanan kosii sɛ awo ntoatoaso a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee ɔsa. Na hwɛ, moasɔre agyina mo agyanom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfo asefo, sɛ mode AWURADE abufuhyew no bi reka ho de aba Israel so ara. Sɛ mosan fi AWURADE akyi a, obegyaw ɔman no bio sare so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa. Ɛnna wotwiw bɛn no kae sɛ: Yebegyigye nguammuw wɔ ha ama yɛn mmoa, na yɛakyekye nkurow nso ama yɛn mma; na yɛn de, yɛamia aso akode mu adi Israelfo anim akosi sɛ yɛde wɔn bedu wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkurow a ɛyɛ den no mu asase no sotefo no nti. Yɛrensan mma yɛn afi de bɛkɔ akosi sɛ: Israelfo nyinaa benya wɔn agyapade mmiako mmiako adi so. Na yɛne wɔn remfa agyapade wɔ Yordan agya ne akyiri, efisɛ yɛn agyapade abefi Yordan agya ha wɔ apuei fam ama yɛn. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mobɛyɛ eyi na moamia wɔ AWURADE anim akɔko, na mo mu wɔn a wɔamia nyinaa betwa Yordan adi AWURADE anim akosi sɛ ɔbɛpam n'atamfo afi n'anim, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasan a, ɛnne na moayɛ mo asɛde, AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapade, AWURADE anim. Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na munhu yiye sɛ mo bɔne beyi mo ama. Monkyekyere nkurow mma mo mma na munnyigye ban mma mo nguan, na nea afi mo anom no, monyɛ. Na Gad mma ne Ruben mma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nkoa bɛyɛ sɛnea me wura ahyɛ no: Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nguan ne yɛn anantwi nyinaa ntena Gilead nkurow mu hɔ; na wo nkoa mu wɔn a wɔamia rekɔ ɔsa nyinaa betwam adi AWURADE anim akɔko, sɛnea me wura kae no. Ɛnna Mose hyɛɛ wɔn ho mmara maa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw mu mpanyimfi so atitiriw no. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Gad mma ne Ruben mma ne mo twa Yordan, wɔn a wɔamia di AWURADE anim rekɔ ɔsa nyinaa, na wonya brɛ asase no ase mo anim a, ɛnne momfa Gilead asase mma wɔn na wonni so; na sɛ wɔammia ne mo antwa a, ɛnne Kanaan asase so na wɔmma wonnya tenabea wɔ mo mu. Na Gad mma ne Ruben mma buae sɛ: Nea AWURADE aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ Yɛn de, yebemia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapade a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ. Ɛnna Mose de Amorifo hene Sihon ahenni ne Basan hene Og ahenni, asase no ne n'ahye mu nkurow, asase no so nkurow a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuw fa. Na Gad mma no kyekyeree Dibon ne Atarot ne Aroer, ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha, ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkurow a wɔatoto ho afasu ne nguammuw. Na Ruben mma no kyekyee Hesbon ne Eleale ne Kiriataim, ne Nebo ne Baal-meon a din no sakrasakrae, ne Sibma, na wɔtotoo nkurow a wɔkyekyeree no din. Na Manase ba Makir mma siim kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpam Amorifo a wɔwɔ hɔ no. Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu. Na Manase ba Yair siim kɔfaa wɔn atenae no, na ɔfrɛɛ no Yair atenae. Na Noba siim kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba too so. Eyinom ne akwan a Israelfo twae bere a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn fii Misraim asase so no, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Mose kyerɛw faako a wotu fii ne akwan a wotwae, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no; na eyinom ne wɔn akwantu mu asoɛe fi faako a wotutu fii no: ɔsram a edi kan no mu wotu fii Rameses; ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunum, Twam no akyi adekyee na Israelfo de ahosɛpɛw kɛse fi kɔe, Misraimfo nyinaa anim; na Misraimfo resie wɔn mmakan a AWURADE kunkum wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn. Na Israelfo tu fii Rameses kɔbɔɔ nsra Sukot. Na wotu fii Sukot kɔbɔɔ nsra Etam a ɛwɔ sare so. Na wotu fii Etam dan baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔbɔɔ nsra Migdol anim. Na wotu fii Pi-hahirot anim kotwaa ɛpo no kɔɔ sare so, na wɔnantew Etam sare so nnansa kwan kɔbɔɔ nsra Mara. Na wotu fii Mara baa Elim; na Elim na nsuaniwa dumien ne mmɛten aduɔson wɔ, na wɔbɔɔ hɔ nsra. Na wotu fii Elim kɔbɔɔ nsra mmɛw po ano. Na wotu fii mmɛw po ano kɔbɔɔ nsra Sin sare so. Na wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ nsra Dofka. Na wotu fii Dofka kɔbɔɔ nsra Alus. Na wotu fii Alus kɔbɔɔ nsra Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsu annom. Na wotu fii Refidim kɔbɔɔ nsra Sinai sare so. Na wotu fii Sinai sare so kɔbɔɔ nsra Kibrot-hataawa. Na wotu fii Kibrot-hataawa kɔbɔɔ nsra Haserot. Na wotu fii Haserot kɔbɔɔ nsra Ritma. Na wotu fii Ritma kɔbɔɔ nsra Rimon-peres. Na wotu fii Rimon-peres kɔbɔɔ nsra Libna. Na wotu fii Libna kɔbɔɔ nsra Risa. Na wotu fii Risa kɔbɔɔ nsra Kehelata. Na wotu fii Kehelata kɔbɔɔ nsra Sefer bepɔw so. Na wotu fii Sefer bepɔw so kɔbɔɔ nsra Harada. Na wotu fii Harada kɔbɔɔ nsra Makhelot. Na wotu fii Makhelot kɔbɔɔ nsra Tahat. Na wotu fii Tahat kɔbɔɔ nsra Tara. Na wotu fii Tara kɔbɔɔ nsra Mitka. Na wotu fii Mitka kɔbɔɔ nsra Hasmona. Na wotu fii Hasmona kɔbɔɔ nsra Moserot. Na wotu fii Moserot kɔbɔɔ nsra Bene-yaakan. Na wotu fii Bene-yaakan kɔbɔɔ nsra Hor-hagidgad. Na wotu fii Hor-hagidgad kɔbɔɔ nsra Yotbata. Na wotu fii Yotbata kɔbɔɔ nsra Abrona. Na wotu fii Abrona kɔbɔɔ nsra Esion-geber. Na wotu fii Esion-geber kɔbɔɔ nsra Sin sare so, ɛne Kades. Na wotu fii Kades kɔbɔɔ nsra Hor bepɔw ho, Edom asase ano. Na ɔsɔfo Aaron foro kɔɔ Hor bepɔw so, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, kowui wɔ hɔ Israelfo Misraim asase so fi afe a ɛto so aduanan so, ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan. Na Aaron wui Hor bepɔw so no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu abiɛsa. Na Kanaanhene Arad a ɔte Kanaan asase no anafo fam tee sɛ Israelfo no reba. Na wotu fii Hor bepɔw ho kɔbɔɔ nsra Salmona. Na wotu fii Salmona kɔbɔɔ nsra Punon. Na wotu fii Punon kɔbɔɔ nsra Obot. Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-abarim, Moab hye so. Na wotu fii Iyim kɔbɔɔ nsra Dibon-gad. Na wotu fii Dibon-gad kɔbɔɔ nsra Almon-diblataim. Na wotu fii Almon-diblataim kɔbɔɔ nsra Abarim mmepɔw so, Nebo ntentenso. Na wotu fii Abarim mmepɔw so kɔbɔɔ nsra Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no. Na wɔbɔɔ Yordan so nsra fi Bet-yesimot kosii Habel-sitim, Moab tataw so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase so a, ɛnne mompam asase no sotefo nyinaa mfi mo anim, na monsɛe wɔn abo ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔagu no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa. Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ munni so. Na momfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuw no: abusuakuw a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na nea osua no, momma ne kyɛfa nsua; nea obiara ntonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne de; munnyigye mo kyɛfa sɛnea mo agyanom mmusuakuw te. Na sɛ moampam asase no sotefo amfi mo anim a, ɛnne wɔn a mubegyaw wɔn no bɛdan mo aniwa mu nsɔe ne mo mfe mu nnunsin, na wɔahiahia mo ho, asase a mote so no so. Na sɛnea misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfo no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu Kanaan asase no so a, eyi ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapade, Kanaan asase no sɛ n'ahye te. Mo anafo fam nkyɛn mu mfi Sin sare so Edom nkyɛn mu; na mo anafo fam hye mfi Nkyene-Po awiei wɔ apuei; na mo hye no mmra Akrabim aforoe anafo fam, na entwam nkɔ Sin, na emfi ha nkɔ Kades-barnea anafo fam, na emfi nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon. Na ɔhye no nkɔntɔn mfi Asmon nkɔ Misraim subon no mu, na ano nkɔpem po no ano. Na atɔe fam hye no de, ɛpo kɛse a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɔhye; ɛno na ɛnyɛ mo atɔe fam hye. Na eyi nyɛ mo atifi fam hye: Mumfi po kɛse no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔw, na mumfi Hor bepɔw ho nkari nea wɔfa kɔ Hamat, na ɔhye no ano nkɔpem Sedad. Na ɔhye no mfi hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; eyi na ɛnyɛ mo atifi fam hye. Na monkari apuei fam hye mfi Hasar-enan nkɔ Sefam; na ɔhye no mfi Sefam nsian nkɔ Ribla, Ain apuei, na ɔhye no nsian ara nkɔpem Kineret po no kɔn so, apuei. Na ɔhye no nsian nkodu Yordan, na ano nkɔpem Nkyene-Po ano. Eyi ne mo asase no sɛnea ɛho ahye te. Na Mose hyɛɛ Israelfo no sɛ: Eyi ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛmu nni so a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuw akron ne fa no. Na Ruben mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Gad mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn kyɛfa. Mmusuakuw abien ne fa abusua no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apuei. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din ni: ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua. Na munyiyi mmusuakuw nyinaa mu mmapɔmma mmiako mmiako, na wɔnkyɛ asase no mu. Mmarima no din ni: Yuda abusuakuw mu: Yefune ba Kaleb; Simeon abusuakuw mu: Amihud ba Semuel; Benyamin abusuakuw mu: Kislon ba Elidad; Dan mma abusuakuw mu bapɔmma: Yogli ba Buki; Yosef mma no de: Manase mma abusuakuw mu bapɔmma: Efod ba Haniel; Efraim mma abusuakuw mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel; Sebulon mma abusuakuw mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan; Isakar mma abusuakuw mu bapɔmma: Asan ba Paltiel; Aser mma abusuakuw mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud; Naftali mma abusuakuw mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel. Eyinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfo no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab tataw so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ; Hyɛ Israelfo na wɔmfa wɔn agyapade a wɔanya no mu nkurow bi mma Lewifo na wɔntena mu, na nkurow no ho mfikyisaase nso momfa mma Lewifo. Na nkurow no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mfikyisaase no nneda hɔ mma wɔn anantwi ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa. Na nkurow no ho mfikyisaase a mode bɛma Lewifo no mfi kurow no fasu akyi nkɔ basafa ahanum ahanum ntwa ho nhyia. Na munsusuw kurow no akyi apuei fam basafa apem, ne anafo fam basafa apem, ne atɔe fam basafa apem, ne atifi fam basafa apem, na kurow no nna ntam: eyi ne nkurow no ho mfikyisaase a ɛnyɛ wɔn dea. Na nkurow a mode ma Lewifo no nyɛ guankɔbea nkurow asia a mode bɛma sɛ nnipakumfo nguan nkɔ hɔ; na momfa nkurow aduanan abien nka ho. Nkurow a mode bɛma Lewifo no nyinaa nyɛ nkurow aduanan awotwe ne ɛho mfikyisaase. Na nkurow a mugye fi Israelfo agyapade mu ma Lewifo no, wɔn a wɔn de dɔɔso no, wɔn hɔ na munnye pii, na wɔn a wɔn de sua no, munnye wɔn hɔ kakra; obiara sɛnea n'agyapade a wanya no dodow te no na ɔmfa ne nkurow no bi mma Lewifo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase no so a, munyiyi nkurow a ɛfata na ɛnyɛ guankɔbea nkurow mma mo, na onipakumfo a ne nsa apa obi ho no aguan akɔ hɔ. Na nkurow no nyɛ guankɔbea mma mo mfi ɔweretɔfo nsam, na onipakumfo no anwu kosi sɛ obegyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa. Na nkurow a mubeyi no nyɛ mo guankɔbea nkurow asia. Munyi nkurow abiɛsa mma Yordan agya, na munyi nkurow abiɛsa nso mma Kanaan asase no; ɛnyɛ guankɔbea nkurow, na nkurow asia yi nyɛ guankɔbea mma Israelfo ne ɔhɔho ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ. Na sɛ obi de dade bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no. Na obi kura ɔbo a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no. Anaasɛ okura dua a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ no ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no; mogya ho werefo na onkum owudifo no; ɔto no a, onkum no. Na sɛ ɔtan so na ɔpem no, anaasɛ ɔboapa tow biribi bɔ no ma owu, anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma owu a, okum na wonkum nea ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudifo: mogya ho werefo, sɛ ɔto owudifo no a, onkum no. Na sɛ obi hwe hɔ pem obi mpofirim na ɛnyɛ nitan so, anaasɛ ɔtow ade biara na ɛbɔ no, na wammoapa, anaasɛ wanhu obi na ɔde ɔbo bi a etumi kum nnipa bɔ no ma owu, na ɔnyɛ ne tamfo, nso ɔmpɛ no bɔne bi a, ɛnne asafo no nnyina saa ahyɛde yi so mmu onipakumfo no ne mogya ho werefo no ntam atɛn. Na asafo no nyi onipakumfo no mfi mogya ho werefo no nsam, na asafo no mfa no nsan nkɔ ne guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔasra no ɔsra ngo kronkron no bewu. Na sɛ onipakumfo no fi adi tena ne guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no hye so, na mogya ho werefo no kɔto no ne guankɔbea kurow no hye akyi, na mogya ho werefo no kokum onipakumfo no a, onni mogya ho fɔ. Na anka ɛsɛ sɛ ɔtena ne guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu, na ɔsɔfo panyin no wu akyi no, onipakumfo no asan aba asase a ɛyɛ n'agyapade no so bio. Na eyi nyɛ atemmu ahyɛde mma mo, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, mo tenabea nyinaa mu. Obiara a okum obi no, adansefo anom asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfo no; na ɔdansefo biako nnni adanse nntia ɔkra bi mmma onnwu. Nso munnnye owudifo a odi fɔ sɛ wakum onipa bi no hɔ biribi mmfa nnnye no nkwa, na mmom okum na wonkum no. Na munnnye agyede nso nnsi ne guankɔbea kurow mu guankɔ ananmu mmma ɔnnsan mmmɛtena asase no so kosi sɛ ɔsɔfo no bewu. Monnyɛ saa nnhura asase a mote so no ho, efisɛ mogya no ara na ehura asase no ho, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu so no nti, gye nea ɔkaa mogya gui no ara mogya. Na munngu asase a mote so na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfo mu no. Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusua mu mpanyimfi so atitiriw a wofi Yosef mma mmusua mu no bae bɛkasae, Mose ne mmapɔmma no, Israelfo mpanyimfi so atitiriw no, anim, na wose: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfo na wonni so, na me wura nyaa AWURADE anom mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapade mma ne mmabea. Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfo mmusuakuw mu mma bi yerenom a, ɛnne wɔn agyapade no befi yɛn agyanom agyapade mu, na wɔde akɔka abusuakuw ko a wɔakɔyɛ wɔn de no agyapade ho, na afi yɛn ntonto kyɛfa no mu; na sɛ edu Israelfo ahosɛpɛw afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusuakuw a wɔakɔyɛ wɔn de no agyapade ho, na wɔayi wɔn agyapade afi yɛn agyanom abusuakuw agyapade mu. Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfo no sɛ: Nea Yosef mma abusuakuw aka yi teɛ. Eyi ne nea AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmabea no ho: Obiara a wosusuw sɛ oye no, wɔnware no, nanso wɔn agyanom abusuakuw mu abusua bi mu na wɔnware, na Israelfo agyapade bi amfi abusuakuw bi mu ankɔ abusuakuw foforo bi mu, na Israelfo mfomfam wɔn agyanom abusuakuw agyapade ho. Na ɔbabea biara a onya agyapade Israelfo mmusuakuw mu no nyɛ obi a ofi n'agya abusuakuw mu abusua bi mu yere, na Israelfo nnya wɔn agyanom agyapade nni so, na agyapade bi amfi abusuakuw bi mu ankɔ abusuakuw foforo mu; na Israelfo mmusuakuw no mfomfam wɔn agyapade ho. Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmabea no yɛe; na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmabea no warewaree wɔn agya nuanom mma; na wɔwarewaree wɔ Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapade no kaa wɔn agya abusuakuw no mu. Eyinom ne mmara nsɛm ne atemmude a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no. Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa Yordan agya sare so, Araba tataw so, Suf ntentenso, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam; efi Horeb, Seir bepɔw kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabiako kwan. Na afe a ɛto so aduanan no, ɔsram a ɛto so dubiako, ɔsram no ara da a edi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa; okum a okum Amorifo hene Sihon a ɔte Hesbon, ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi; Yordan agya, Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho. Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no. Na meka mekyerɛɛ mo bere no mu sɛ: Me nko mintumi minkura mo; AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, nnɛ mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma; AWURADE mo agyanom Nyankopɔn mfa sɛ mote yi mmɔho apem nka mo ho, na onhyira mo sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. Ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi masoa mo ne mo aperedi ho adesoa duruduru yi? Munyiyi mmarima anyansafo ne animdefo a wɔdɛnsow mo mmusuakuw no mu, na memfa wɔn minsisi mo so atitiriw. Na mubuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no ye. Ɛnna mede mo mmusuakuw mu atitiriw, mmarima anyansafo a wɔdɛnsow misisii mo so atitiriw, apem apem so mpanyin ne ɔha ɔha so mpanyin ne aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so ahwɛfo. Na mehyɛɛ mo atemmufo no mmara bere no mu sɛ: Muntie mo nuanom ntam nsɛm, na mummu atɛntrenee onipa ne ne nua ne ne hɔho ntam. Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea; na asɛm a ɛyɛ den sen mo na momfa mmrɛ me, na mintie. Na mehyɛɛ mo nneɛma a monyɛ no nyinaa ho mmara bere no mu. Na yetu fii Horeb, na yɛnantew faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a muhui nyinaa so, Amorifo bepɔw kwan so, sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yeduu Kades-barnea. Na misee mo sɛ: Moadu Amorifo bepɔw a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho. Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu. Ɛnna mo nyinaa mutwiw bɛn me kae sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka ɔkwan ko a yɛbɛfa so ne nkurow a yebedu so no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dumien, abusuakuw biara mu nipa biako. Na wɔdan wɔn ani foroo bepɔw no, na wokoduu Eskol subon mu, na wɔsrae. Na wɔfaa asase no so aba bi kura de sian brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ye. Nanso moampɛ sɛ moforo, na motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm atua, na munwiinwii mo ntamadan mu sɛ: Ɔtan so na AWURADE yii yɛn fii Misraim asase so, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn. Ɛhe na yɛmfa nkɔ? Yɛn nuanom atutu yɛn koma sɛ: Nnipa no sosoe na wɔwowaree sen yɛn, nkurow no yɛ akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ ɔsoro, na bio nso yehuu Anakfo mma no wɔ hɔ. Na misee mo sɛ: Mommma mo bo nntu, na munnsuro wɔn. AWURADE mo Nyankopɔn a odi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛnea ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara, ne sare so a wuhui sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛnea onipa kura ne ba, akwan a mofaa so no nyinaa so besii sɛ muduu ha yi. Na eyi mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni, nanso ɔno na odii mo anim ɔkwan so sɛ ɔrekɔsra mo nsrabɔbea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa so, ne omununkum mu awia. Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuwii, na ɔkaa ntam sɛ: Awo ntoatoaso bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no! Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na obehu, na ɔno na mede asase a otiaa so no mɛma no ne ne mma, efisɛ wawie AWURADE akyidi. Me nso, mo nti AWURADE faa me abufuw kae sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ! Nun ba Yosua a ogyina w’anim no, ɔno na obedu hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapade no ama Israel. Na mo mma nketewa a muse wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wonnim papa ne bɔne no, wɔn na wobedu hɔ, wɔn na mede mɛma wɔn, na wɔn na wobedi so. Na mo de, monnan mo ho ntu nkɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so. Ɛnna mubua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akode miamiae no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔw no foro yɛ agoru. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na minni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfo anim. Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motew AWURADE anom asɛm atua, na mutintim mo anim foroo bepɔw no. Na Amorifo a wɔte bepɔw no so no fi behyiaa mo na wɔtaa mo sɛnea nnowa yɛ, na wokunkum mo Seir koduu Horma. Na mosan besui AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo. Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛ nna a mode tenaa hɔ te no. Ɛnna yɛdan yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkɔntɔn faa Seir bepɔw ho nna pii. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Moafa bepɔw yi ho bi ara, na monnan mo ho nkyerɛ benkum fam; na hyɛ ɔman no sɛ: Morebetwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hye so, na wosuro mo, monhwɛ mo ho yiye, mo ne wɔn nnni aperepere, na meremfa wɔn asase nammɔn biako po memma mo, efisɛ mede Seir bepɔw mama Esau sɛ n’atenae. Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduan nni, na nsu nso momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn nnom; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ. Na yetwaa yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba tataw so kwan so fii Elat ne Esion-geber dan yɛn ho betwaam Moab sare so kwan so. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nhiahia Moab ho, na wo ne wɔn nnni aperepere nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, efisɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wonni so. Emifo na kan no wɔte so, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwowaree sɛ Anakfo; wɔn nso, wobu wɔn abran akɛse sɛ Anakfo; Moabfo na wɔfrɛ wɔn Emifo. Na Seir nso kan no Horifo na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛnea Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapade a AWURADE de maa wɔn no. Na afei monsɔre nkotwa Sered subon. Na yetwaa Sered subon. Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-barnea besii sɛ yetwaa Sered subon no si mfirihyia aduasa awotwe, besii sɛ akofofo awo ntoatoaso no nyinaa wiee sa fii nsra no mu, sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no. Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afi nsra no mu akosi sɛ wobewie sa. Na akofofo no nyinaa sae na wowuwu fii ɔman no mu no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛnnɛ worebetwam wɔ Ar, Moab hye so, na wudu Amon mma hye so a, nhiahia wɔn ho na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, efisɛ mede mama Lot mma sɛ wonni so. Wobu ɛno nso abran akɛse asase; abran akɛse na ɛte so kan no, na Amonfo frɛ wɔn Samsumim, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwowaree sɛ Anakfo. Na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim ma wotuu wɔn tenaa wɔn ananmu, sɛnea ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifo wɔn anim ma wotuu wɔn tenaa wɔn ananmu beduu nnɛ yi no. Na Awifo nso a wɔtenaa nkuraankuraa koduu Gasa no, Kaftorim a wofi Kaftor bae no bɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu. Monsɔre ntu nkotwa Arnon subon; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa; fi ase di so na wo ne no nni aperepere na monko. Ɛnnɛ da yi na mefi ase mede wo ho suro ne wo ho hu magu ɔsoro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka so, na wɔn ho apopo na wɔn bo atutu w’anim. Na mede asomdwoesɛm mifi Kedemot sare so mesomaa abɔfo kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn kɔkae sɛ: Ma mintwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremman nifa anaa benkum; tɔn aduan ma me gye sika ma minni, na ma me nsu nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede metwam, sɛnea Esau mma a wɔte Seir ne Moabfo a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akosi sɛ metwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no so. Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa ne honhom senee na opirim ne koma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛ ɛte nnɛ da yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafi ase mede Sihon ne n’asase mato w’anim, fi ase fa, na di n’asase so. Ɛnna Sihon fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas. Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yekunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa. Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no, na yɛsɛee nkurow no nyinaa pasaa, mmarima ne mmea ne mmofra, yɛannyaw oguanfo biara, gye afieboa nko na yɛfow wɔn fae, ɛne nkurow a yɛfae no mu asade. Efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne kurow a ɛda subon no mu no so de kosi Gilead, kurow biara nni hɔ a ɛyɛ den sen yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Gye Amonfo asase no nko ho na woantwiw ammɛn, Yabok subon nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔw no so nkurow ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn braa yɛn. Ɛnna yɛdan yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan so; na Basan hene Og fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no. Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yekum no kosii sɛ oguanfo biara anka amma no. Na yɛfaa ne nkurow nyinaa bere no mu; kurow biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkurow aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahenni a ɛwɔ Basan. Nkurow yi nyinaa, ɛho wɔ afasu atenten ne aponkɛse ne adaban ma ɛyɛ den, ɛsono asase pataa so nkurow a ɛdɔɔso bebree. Na yɛsɛee wɔn pasaa sɛnea yɛyɛɛ Hesbonhene Sihon no, yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasaa. Na afieboa nyinaa ne nkurow no mu asade de, yɛfom fae. Na yegyee asase no fii Amorifo ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam saa bere no, efi Arnon subon so kosi Hermon bepɔw ho, Sidonfo frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifo frɛ no Senir, asasetaw so nkurow nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kodu Salka ne Edrei, Basan hene Og ahenni no nkurow. (Na Basan hene Og nko na aka, abran akɛse nkae no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dade mpa, ensi Amon mma Raba anaa? Ne tenten basafa anan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa abien, sɛ onipa basafa te). Na yɛfaa asase yi saa bere no; efi Aroer a ɛda Arnon subon so, ne Gilead bepɔw fa ne ne nkurow na mede memaa Rubenfo ne Gadfo, na Gilead nkae ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuw fa. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abran akɛse asase. Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan, kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de besi nnɛ da yi. Na mede Gilead maa Makir. Na Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn Gilead fa bi, ekodu Arnon subon ho a subon no mfinimfini ne ɔhye, de kɔpem Yabok subon no, Amon mma hye so, ne Araba tataw so ne Yordan ne ɛho asase, efi Kineret kosi Araba tataw so po a ɛne Nkyene-Po no ano wɔ Pisga bepɔw ase apuei fam. Na mehyɛɛ mo saa bere no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ munni so, mo akofofo nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfo anim; mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa de, minim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkurow a mede mama mo no mu, nkosi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasan aba mo agyapade a mede mama mo no so. Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa bere no sɛ: W’aniwa ahu nea AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahene baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahenni a woretwam akɔ hɔ nyinaa; munnsuro wɔn, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo. Na mesrɛɛ AWURADE saa bere no sɛ: AWURADE, wo na woafi ase de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninne yi bi? Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no ne Lebanon. Nanso mo nti AWURADE bo fuw me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔ wo so, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio. Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔe ne benkum fam ne nifa ne apuei, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi de, worentwa. Na fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha, efisɛ ɔno na ɔbɛkyɛ asase a wubehu no mu ama wɔn. Na yɛtenaa obon no mu, Bet-peor ntentenso. Na afei, Israel, tie ahyɛde ne atemmude a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no. Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso munnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so. Mo aniwa ahu nea Baal-peor nti AWURADE yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-peor akyi nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu; na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ. Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so. Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi! Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, yɛn frɛ a yɛfrɛ no nyinaa mu yi? Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa? Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu. Ɛda a wugyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb so no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wontie me nsɛm a wonsua mfa nsuro me, nna a wɔde te ase, asase so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma: Na mutwiw bɛnee begyinaa bepɔw no ase, na bepɔw no de gya redɛw kɔ ɔsoro tɔnn, ne esum, omununkum ne esum kabii. Na AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; nsɛm no nne no, mo ara motee, na suban bi na moanhu anka nne no ho. Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔkyerɛwee abopon abien so. Na me nso AWURADE hyɛɛ me bere no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmude a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so. Enti monhwɛ mo kra so yiye, efisɛ moanhu suban biara da no a AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb so no. Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasen amfa, ade biara suban, ɔbarima anaa ɔbea nsɛso, asase so aboa biara nsɛso, ntakraboa a otu wim nsɛso, ade biara a ɛwea fam nsɛso, apataa biara a ɔwɔ nsu mu, asase ase nsɛso. Na woamma w’ani so ankyerɛ ɔsoro anhwɛ owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nneɛma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no. Na mo de, AWURADE afa mo, na wayi mo afi dade fononoo mu, afi Misraim sɛ mommɛyɛ n’awunnyaman sɛ mote nnɛ da yi. Na mo nti AWURADE nyaa me abufuw, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so; na me de, merebewu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mubetwa akɔfa asase pa no. Monhwɛ mo ho yiye na mo werɛ amfi AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pamee no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abra wo nsɛso amfa. Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn ninkufo. Sɛ wowo mma ne mma mma, na mokyɛ asase no so, na mudi asɛmmɔne yɛ ohoni, ade biara suban, na moyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn anim de huru ne bo a, ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa. Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu; na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne abo a enhu ade na ɛnte asɛm na ennidi na ente ade hua no. Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE wo Nyankopɔn, na sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa hwehwɛ n’akyi kwan a, wubehu no. Sɛ ehia wo na nneɛma yi nyinaa to wo nna a edi akyiri no mu a, wobɛsan aba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn abetie ne nne; na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no. Na bisa nna a atwam a edi w’anim no, efi da a Onyankopɔn bɔɔ onipa asase so, na bisa fi ɔsoro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛse yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno? Sɛ ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ efi ogya mu rekasa, sɛnea wotee no, na wɔanya nkwa? Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa? Wo de, wɔama woahu, na woahu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho. Ofi soro ma wotee ne nne sɛ ɔreteɛ wo so, na asase so nso wama woahu ne gya kɛse no, na woate ne nsɛm afi gya mu. Na esiane sɛ ɔdɔ w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim, sɛ ɔrebetu aman a wɔso na wɔyɛ den sen wo afi w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyade, sɛ ɛte nnɛ da yi. Enti hu nnɛ, na fa sie wo koma mu, sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, nyame so wɔ ɔsoro, ne asase so wɔ fam; obi nni hɔ bio. Na di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, na woakye ade, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so daa nyinaa. Ɛno na Mose yiyii nkurow abiɛsa, Yordan agya nea owia pue, sɛ obi kum ne yɔnko nsapa mu na ɔntan no dedaw no nguan nkɔ hɔ, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a, wanya nkwa: Oyii Beser wɔ sare so ne asasetaw so maa Rubenfo, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfo, ne Golan wɔ Basan maa Manasefo. Na eyi ne mmara a Mose de too Israelfo anim. Eyinom ne adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude a Israelfo fii Misraim bae no, Mose ka kyerɛɛ wɔn, Yordan agya, obon no mu, Bet-peor ntentenso, Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfo fi Misraim bae no, wokum no no asase so. Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifo ahene baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apuei fam no, asase, efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so kosi Sion bepɔw a ɛne Hermon ho, ne Araba tataw a ɛda Yordan agya apuei no nyinaa kodu Araba tataw so po no ano wɔ Pisga ase. Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so; ɛnyɛ yɛn agyanom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete ase yi ara. AWURADE fi ogya no mu ne mo dii nhwɛanim na ɔkasae, bepɔw no so. Me de, na migyina AWURADE ne mo ntam saa bere no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, efisɛ musuroo ogya no anim na moamforo bepɔw no. Na ose: Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo fii Misraim asase so, nkoafi mu no. Nnya anyame foforo nka me ho. Nyɛ ohoni, ade a ɛwɔ wim ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ɛfam ne nea ɛwɔ nsu mu asase ase suban mfa: Nkotow wɔn na nsom wɔn. Na me AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so, na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe. Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din ahuhude mu, na AWURADE remma nea ɔbɔ ne din ahuhude mu ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. Di homeda na yɛ no kronkron, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’ade nyinaa; na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babea, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwi ne w’afurum ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu: Na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ; enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no. Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. Nni awu. Na nsɛe aware. Na mmɔ korɔn. Na nni wo yɔnko ho adanse huhuw. Na mma wo kɔn nnnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fi, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwi ne n’afurum ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Nsɛm yi na AWURADE fi ogya, omununkum ne esum kabii no mu de nne kɛse ka kyerɛɛ mo bagua no nyinaa, bepɔw no so, na wamfa bi anka ho; na ɔkyerɛwee wɔ abopon abien so de maa me. Na motee nne no fii esum no mu na bepɔw no redɛw no, mutwiw baa me nkyɛn, mo mmusuakuw mu atitiriw nyinaa ne mo mpanyimfo bɛkae sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahu n’anuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afi ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso onya nkwa. Na afei, ɛdɛn nti na yenwu? Efisɛ ogya kɛse yi rebɛhyew yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu. Na ɔhonam nyinaa mu hena na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa afi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa? Wo na twiw bɛn hɔ, na tie nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo nyinaa, na yebetie na yɛayɛ. Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ wo no, nea wɔaka nyinaa, wɔaka no yiye. O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ! Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsan nkɔ mo ntamadan mu. Na wo de, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so. Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum; ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so. Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so, na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware. Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yiye, na woadɔɔso pii, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no, asase a nufusu ne ɛwo sen so no so. Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu; na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo du asase a ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wo no so, nkurow akɛse a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee, ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutu a ɛnyɛ wo na wututui, bobe nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛwee, na sɛ wudidi na womee a, hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE a oyii wo Misraim asase so fii nkoa fi no: AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka; munnni anyame foforo a wofi amanaman a wogugu mo ho no anyame mu akyi; na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufo, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ wo, na wansɛe wo amfi asase ani. Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no; munni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛde a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ; na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no, na watu w’atamfo nyinaa afi w’anim, sɛnea AWURADE kae no. Sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi a? Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Yɛyɛɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn fii Misraim; na AWURADE maa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fi nyinaa so wɔ yɛn anim; na yɛn de, oyii yɛn fii hɔ sɛ ɔde yɛn reba, de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no abɛma yɛn. Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛde yi nyinaa na yensuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ensi yɛn yiye nna nyinaa, na ɔmma yennya nkwa, sɛ ɛte nnɛ yi; na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛnea ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn atreneefo. Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo, na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma wukum wɔn a, ɛnne sɛe wɔn pasaa, wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ; na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware. Efisɛ ɔbɛdan wo ba ani afi m’akyi, na wɔasom anyame foforo, na AWURADE bo afuw mo, na wasɛe wo ntɛm. Na mmom sɛ monyɛ wɔn ni: Munnwiridwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na muntwitwa wɔn Asera nnua ngu, na momfa ogya nhyew wɔn ahoni. Na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn; wo na AWURADE wo Nyankopɔn apaw wo sɛ bɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne de aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu. Ɛnyɛ mo dodow a ɛsen aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wapaw mo, efisɛ mo na musua aman nyinaa mu; na esiane sɛ AWURADE dɔ mo na odi ne ntam a ɔkaa mo agyanom no so nti na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi fii Misraim hene Farao nsam. Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so, na otua wɔn a wɔtan no ka bɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma nea ɔtan no, obetua no ka abɔ n’anim. Enti di mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ. Na sɛ mutie atemmude yi na mudi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo, na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwi mma ne wo nguan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom sɛ ɔde bɛma wo no so. Wobehyira wo asen aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbea renyɛ obonin wo mu ne w’afieboa mu. Na AWURADE beyi ɔyare nyinaa afi wo so, na ɔremfa Misraim yare bɔne a wunim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtan wo nyinaa so. Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma wo no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, efisɛ ɛno bɛyɛ afiri ama wo. Sɛ wuse wo koma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sen me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn a, nsuro wɔn, na kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa, sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii wo no; saa nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wusuro wɔn no nyinaa. Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma akɔ wɔn mu akosi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahintaw no bɛsɛe w’anim. Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpam amanaman yi afi w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na wuram mmoa annɔɔ wo so so. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwiriw kɛse aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsɛe. Na ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akosi sɛ wobɛsɛe wɔn. Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhyew; mma w’ani mmmere ho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo afiri, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide. Na mfa akyide nkɔ wo fi, na woanyɛ abusude sɛ ɛno; ma ɛnyɛ wo tan na kyi, efisɛ ɛyɛ abusude. Mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa munni so na monyɛ, na moanya nkwa, na moadɔ, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no adi so. Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni. Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na ade biara a efi AWURADE anom so na onipa nam tena ase. Wo ntama ansuw wo ho, na wo nan anhonhon mfirihyia aduanan yi mu. Na hu wo koma mu sɛ, sɛnea onipa teɛ ne ba so no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn teɛ wo so. Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnantew n’akwan so na woasuro no. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔnten ne nsuaniwa ne atare a efifi abon ne mmepɔw mu sen, asase a awi ne atoko ne bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwo, asase a worenni so aduan na, na biribiara renhia wo wɔ so, asase a n’abo yɛ dade, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu. Na sɛ wudidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama wo no nti. Hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so. Na sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tena mu, na w’anantwi ne wo nguan dɔ, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na ade a wowɔ nyinaa dɔɔso a, wo koma amma ne ho so, na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no; ɔno na odii w’anim de wo faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ so; oyii nsu fii ɔbohemmaa botan mu maa wo; ɔde mana a w’agyanom nnim ma wudii sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase na wasɔ wo ahwɛ, na awiei no, wayɛ wo yiye, na woanka wo koma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyade yi, na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no atim sɛ ɛte nnɛ yi. Na sɛ wo werɛ fi AWURADE wo Nyankopɔn, na wukodi anyame foforo akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, midi mo adanse nnɛ, sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe. Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn fi mo anim no, saa ara na mobɛsɛe, efisɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne. Israel, tie! Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro, ɔman kɛse a wɔwowaree, Anakfo mma a wunim wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hena na obegyina Anak mma anim no? Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no. Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn fi w’anim gu a, nka wo koma mu sɛ: Me trenee nti na AWURADE de me bae sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afi w’anim. Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim. Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di so, na ɔman a wɔn kɔn asen ne wo. Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii AWURADE wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew AWURADE anim atua. Na Horeb nso muyii AWURADE abufuw, na ɛmaa AWURADE bo fuw mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo; ɛbere a meforoo bepɔw no sɛ mikogye abopon, apam a AWURADE ne mo pamee no apon no, midii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom; na AWURADE maa me abopon abien a wɔde Onyankopɔn nsatea kyerɛwee a nsɛm a AWURADE fii ogya mu wɔ bepɔw no so ne mo kae guabɔ da no nyinaa wɔ so. Na adaduanan awia ne anadwo no wiee du no, AWURADE de abopon abien, apam apon no, maa me, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre sian fi ha ntɛm, na ɔman a wukoyii wɔn Misraim no di asɛmmɔne; wɔadan ntɛm afi ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ sika ohoni afa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempopa wɔn din mimfi ɔsoro ase, na mede wo mɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sen wɔn. Ɛnna medan me ho mifii bepɔw no so misianee, na bepɔw no redɛw ogya, na apam apon abien no kurakura me nsam; na mihui, na hwɛ, moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwi ba a wɔagu afa: Moaman ntɛm afi ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so. Ɛnna mefaa apon abien no metow fii me nsam gui, na mebobɔe wɔ mo anim. Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kan no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛe nyinaa, sɛ moyɛɛ nea enye AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuw no nti. Na misuroo abufuw ne aboɔhyew a AWURADE anya mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa bere no nso. Na AWURADE faa Aaron abufuw kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no; na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa bere no. Na mefaa mo bɔne a moyɛe a ɛne nantwi ba no, na mede ogya mehyewee, na misiw meyam no muhumuhu kosii sɛ efei sɛ mfutuma, na metow ne mfutuma no guu asu a efi bepɔw no so sen no mu. Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso muyii AWURADE abufuw. Na AWURADE somaa mo fi Kades-barnea kae sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm no atua, na moannye no anni, na moantie ne nne. AWURADE anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo. Na mehwee AWURADE anim ase adaduanan ne anadwo aduanan; na mehwee ase, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo; na mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE, nsɛe wo man ne w’agyapade a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnan w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne, na asase a wuyii yɛn fii so no sofo anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na ɔtan a ɔtan wɔn nti na ɔde wɔn fi kɔe sɛ okokunkum wɔn sare so. Na wɔyɛ wo man ne w’agyapade a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a woateɛ ayi wɔn. Saa bere no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sinsen abopon abien sɛ kan de no na fa foro bra me nkyɛn bepɔw no so, na yɛ dua adaka; na mɛkyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan apon a wobobɔe no so no mahyɛ apon no so, na fa sie adaka no mu. Na meyɛɛ ɔkanto adaka, na misinsen abopon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a mikura apon abien no wɔ me nsam. Na ɔkyerɛw apon no so sɛ kan nkyerɛwee no, nsɛm du no a AWURADE fi ogya no mu ka kyerɛɛ mo, bepɔw no so guabɔ da no, na AWURADE de maa me. Na medan me ho misian mifii bepɔw no so, mede apon no mibesiee adaka a meyɛe no mu, na ɛwɔ hɔ sɛnea AWURADE hyɛɛ me no. Na Israelfo tu fii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wui na wosiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfo. Efi hɔ na wotu kɔɔ Gudgoda, na wofi Gudgoda kɔɔ Yotba, asase a nsuten wɔ so. Saa bere no na AWURADE yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wonnyina AWURADE anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, de abedu nnɛ da yi. Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapade ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapade, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na me de, migyinaa bepɔw no so sɛ kan no, adaduanan ne anadwo aduanan, na AWURADE tiee me saa bere no nso, na AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe wo. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kodi ɔman no anim ma wontu nkɔ nkɔfa asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Na afei, Israel, dɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ wo nkyɛn sɛ gye sɛ wusuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan nyinaa so, na wodɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa som AWURADE wo Nyankopɔn, na wudi AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so, na ayɛ wo yiye? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Nanso w’agyanom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wapaw wɔn asefo a wodi wɔn akyi a ɛne mo, afi aman nyinaa mu, sɛ ɛte nnɛ yi. Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio. Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfo a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adammude; obu atɛn ma ayisaa ne okunafo, na ɔdɔ ɔhɔho ma no aduan ne nkataho. Enti monnɔ ahɔho, efisɛ moyɛɛ ahɔho Misraim asase so. AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka. Ɔno ne w’ayeyi, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nneɛma akɛse a ɛyɛ hu a w’ani ahu yi ama wo. Akra aduɔsɔn na w’agyanom de sian kɔɔ Misraim, na afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodow sɛ ɔsoro nsoromma. Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛde ne n’ahyɛde ne n’atemmude ne ne mmara nsɛm nna nyinaa. Na munhu nnɛ, na menne mo mma a wonnim na wɔanhu no, munhu AWURADE mo Nyankopɔn nteɛso, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a wateɛ mu, ne ne nsɛnkyerɛnne ne ne nneyɛe a ɔyɛe Misraim a ɔde yɛɛ Misraim hene Farao ne n’asase nyinaa, ne nea ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde retiw mo a ɔmaa Mmɛw-Po mu nsu bu faa wɔn so, na AWURADE sɛee wɔn, de abedu nnɛ da yi, ne nea ɔyɛɛ mo sare so besii sɛ muduu ha yi, ne nea ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anom menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne wɔn a wodii wɔn akyi nyinaa fii Israel nyinaa mfinimfini no; na mo ani ahu AWURADE nneyɛe akɛse a ɔyɛe no nyinaa. Enti munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no, na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae a wuguu w’aba na wode wo nan guguu so nsu sɛ ɛfan turo mu no; na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon asase a ɛnom ɔsoro su mu nsu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi, AWURADE wo Nyankopɔn ani wɔ so fi afe mfiase kosi afe awiei. Na sɛ mutie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, na mode mo koma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a, ɛnne mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom, na woaboaboa w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ano, na mɛma wo sare so aba wura ama w’afieboa, na woadidi amee. Monhwɛ mo ho yiye na wɔannaadaa mo koma, na moamman ankɔsom anyame foforo ansɔre wɔn, na AWURADE abufuw annɛw anhyɛ mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osu nntɔ na asase mmma ne nnɔbae, na moansɛe ntɛmso amfi asase pa a AWURADE de rema mo no so. Enti momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so; na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛ ɔsoro a ɛkata asase so yi nna te. Na sɛ mubedi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na mobɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn anantew n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a, ɛnne AWURADE betutu amanaman yi nyinaa afi mo anim, na moafa amanaman akɛse a wɔyɛ den sen mo. Baabiara a mo nan betia no bɛyɛ mo de, efi sare so ne Lebanon, efi asu no, asubɔnten Eufrate, ho kosi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase. Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro begu asase a mobɛfa so nyinaa so, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: Sɛ mutie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mubenya nhyira na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na moman fi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, nnome. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ so akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔw so ne nnome no nso Ebal bepɔw so. So enni Yordan agya, owiatɔe kwan no akyi, Kanaanfo a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentenso, More pɔw ho? Na morebetwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so. Enti monhwɛ yiye na monyɛ ahyɛde ne atemmude a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa. Eyinom ne ahyɛde ne atemmude a monhwɛ nyɛ asase a AWURADE w’agyanom Nyankopɔn de ma wo sɛ fa no so, nna a mode te asase so nyinaa. Ɔsɛe na monsɛe faako a amanaman a morekotu wɔn no sonsom wɔn anyame hɔ no nyinaa, mmepɔw atenten so ne nkoko so ne dua momono biara ase; na munnwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na momfa ogya nhyew wɔn Asera nnua, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfi hɔ. Monnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn sa, na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ; na ɛhɔ na momfa mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du ne mo nsam soma ade ne mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre ne mo anantwi ne mo nguan mmakan nkɔ. Na ɛhɔ na munnidi, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afi ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira wo no nyinaa mu. Monnyɛ sɛnea yɛreyɛ ɛha nnɛ yi a obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so no; na ɛde besi sesɛɛ munnya nnuu home ne agyapade a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu ɛ. Na sɛ munya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so, na ɔma mo home fi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a, ɛnne faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi ama ne din atena hɔ no, ɛhɔ na momfa nea merehyɛ mo no nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du, ne mo nsam soma afɔrebɔde ne mo bɔhyɛ ade a muyi a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa. Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurow apon mu, efisɛ ɔno de, onni mo mu kyɛfa anaa agyapade. Hwɛ wo ho yiye na woammɔ wo hyew afɔre baabiara a wuhu, gye faako a AWURADE beyi wɔ wo mmusuakuw biako mu no, ɛhɔ na bɔ wo hyew afɔre, na yɛ nea merehyɛ wo nyinaa. Nanso nam biara a ɛdɔ wo kra kɔn no, kum di, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nkurow nyinaa mu; nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nni bi, sɛnea wodi ɔwansan ne ɔforote; mogya no nko na munnni, munhwie ngu fam sɛ nsu. Nea ɛnsɛ sɛ wudi wo nkurow mu ne: W’aburow ne wo nsa ne wo ngo ntotoso du du, ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, ne wo bɔhyɛ ade biara a woahyɛ ho bɔ, ne w’ayamyi afɔre ne wo nsam soma ade; gye AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi no na di, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa, ne Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, nea wode wo nsa ka nyinaa ho. Hwɛ yiye na woannyaw Lewini, nna a wode te w’asase so nyinaa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛw wo hye mu sɛnea waka akyerɛ wo no, na wuse medi nam, efisɛ ɛdɔ wo kra kɔn sɛ obedi nam a, di nam sɛnea wo kra kɔn dɔ. Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnne kum w’anantwi ne wo nguan a AWURADE de ama wo no bi, sɛnea mehyɛɛ wo no, na di wɔ wo kurom, sɛnea wo kra kɔn dɔ; sɛnea wodi ɔwansan ne ɔforote no, saa ara nso na di; nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa nni. Nanso hwɛ yiye na woanni mogya, efisɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho; nni, hwie gu fam sɛ nsu; nni, na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, sɛ woreyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. Akronkronne a ɛsɛ sɛ wode ma ne wo bɔhyɛ ade na ma so kɔ faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ; na fa nam ne mogya no bɔ wo hyew afɔre, AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka so, na wonhwie w’afɔre no mogya ngu AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no so, na nam no de, di. Hwɛ na tie nsɛm a merehyɛ wo nyinaa na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye daa, sɛ woreyɛ nea eye na ɛteɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani so. Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a worekɔ hɔ akotu wɔn no fi w’anim, na wutu wɔn tena wɔn asase so a, hwɛ wo ho yiye na ɔsɛe a wɔasɛe wɔn afi w’anim no akyi no wɔn akyidi anyɛ wo afiri, na woammisa wɔn anyame akyi kwan sɛ: Amanaman yi sonsom wɔn anyame dɛn? Na me nso menyɛ sa. Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn sa, na AWURADE akyide a ɔtan nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmabea mpo, wɔde ogya hyew wɔn ma wɔn anyame. Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi so bi. Sɛ odiyifo anaa ɔdaesofo bi sɔre wo mu, na ɔma wo sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi, na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔka kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkodi anyame foforo a wunnim wɔn akyi nkɔsom wɔn, a, ntie odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm no, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahu sɛ mode mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa dɔ AWURADE mo Nyankopɔn anaa. AWURADE mo Nyankopɔn akyi na munni, na ɔno na munsuro no, na ne mmara nsɛm so na munni, na ne nne na muntie, na monsom no, na mommata ne ho. Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no, efisɛ wakasa sɛ momman mfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so na ogyee mo fii nkoafi no ho de retwetwe wo afi ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ nantew mu no so; na tu bɔne no fi wo mu. Sɛ wo nuammarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ w’ankasa wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn wo anaasɛ wɔmmɛn wo fi asase ano kosi asase ano noho anyame bi a, mpene no na ntie no, na mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, nanso nkyɛe no so na nhintaw no so, na okum na kum no, wo nsa na enni kan ntɔ no so sɛ worekum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa; na siw no abo ma onwu, efisɛ ɔhwehwɛ atwetwe wo afi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no ho; na Israel nyinaa ntie na wonsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte sɛɛ. Sɛ wote wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ: Mmarima mmabusufo bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfo sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a munnim wɔn, a, ɛnne pɛ mu hwehwɛ mu na bisabisa mu yiye; na hwɛ, sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ wo mu a, okum na fa nkrante kum kurow no mufo; fa nkrante sɛe ɛno ne nea ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasaa; na boaboa emu asade nyinaa ano gu abɔnten so, na fa ogya hyew kurow no ne emu asade no nyinaa sɛ afɔre mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo; wɔnnkyekyere bio. Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no; sɛ wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ nea ɛteɛ, AWURADE wo Nyankopɔn ani so a. AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara; na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ n’ahode man, asase so aman nyinaa mu. Nni akyide biara. Eyinom ne mmoa a munni: Nantwi, oguanten ne abirekyi; ɔforote ne adowa ne ɔwansan ne ewi ne ɔtwe ne ɛkoɔ ne abere. Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apae, na ne tɔte mu apae nta abien, na opuw wesaw, mmoa mu no, ɔno na munni. Nanso eyinom de, munnni, wɔn a wopuw wesaw ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma ne adanko ne atwaboa, efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae: Wɔn ho ntew mma mo; ne prako nso, efisɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwesaw: Ne ho ntew mma mo. Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu. Eyi ne nea munni, nea ɛwɔ nsum nyinaa: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon nyinaa munni; na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon no, munnni: Ɛho ntew mma mo. Anomaa biara a ne ho tew no, munni. Na eyinom ne wɔn a munnni: Ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre, ne ɔkompete ne ɔsansa ne ɔkom ne n’ahorow, ne anene ahorow nyinaa, ne sohori ne patukɛse ne po so asomfena ne akoroma ne n’ahorow, patubiaa ne patukɛse ne bakanoma, ne pokupoku ne opete ne po so anene, ne asukɔnkɔn ne asukɔnkɔn ahorow ne asuakwaa ne ampan. Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; munnni. Ntuboa a wɔn ho tew nyinaa, munni. Munnni aboa funu; fa ma ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu ma onni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa aguammaa ne na nufu mu. W’ade a wuduae nnɔbae a w’afuw ma daa afirihyia no, yi so ntotoso du du; na AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a obeyi sɛ ne din ntena no na di w’aburow ne wo nsa ne wo ngo so ntotoso du du ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wuntumi nsoa, efisɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnne dan no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi no. Na fa sika no tɔ ade biara a wo kra kɔn dɔ, nantwi ne oguan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fi ani nnye. Na Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu no, nnyaw no, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ. Mfe abiɛsa awiei no, yi w’afe no mu nnɔbae so ntotoso du du gugu wo nkurow apon mu, ma Lewini, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ, ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo kurow apon mu mmra mmedi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu. Mfirihyia ason biara awiei no, fa biribi kyɛ. Na sɛ wɔnkyɛ ade no ni: Ɔdefɛmfo biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ontua, efisɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE. Ɔnanani de, hyɛ no ma ontua. Wo biribiara a ɛwɔ wo nua nkyɛn de, fa kyɛ no. Anka ɛnsɛ sɛ ohiani wɔ wo mu, efisɛ nhyira na AWURADE behyira wo asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade a kɔfa no so. Otie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ayɛ mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa. Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔka kyerɛɛ wo no, na wode afɛm amanaman pii, na wo de, worenkɔfɛm, na wubedi amanaman pii so, na wo de, wɔrenni wo so. Sɛ wo nuanom mu biara dan wo mu hiani, wo kurow biara mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, mpirim wo koma, na mmua wo nsa ano nhyɛ wo nua hiani; na bue wo nsam ma no, na fɛm no nea ɛbɛso ne hia a ehia no no. Hwɛ yiye na wo komam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛto so asɔn, adekyɛ afe no abɛn: Na woannya wo nua hiani no ho ani bɔne sɛ woremma no hwee, na wanteɛm amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne. Yi wo yam ma no, na mma ɛnnyɛ wo koma ahi sɛ wobɛma no; na saa ade yi nti, AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnwuma nyinaa ne nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu. Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo brɛfo ne wo hiani a ɔwɔ w’asase so. Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbea ma wo, na ɔsom wo mfirihyia asia a, afe a ɛto so ason no gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi. Na sɛ woregya no kwan na wafa ne ho afi wo nkyɛn akodi a, mma ɔnnkɔ nsapan: Fa wo nguan, ne w’awiporowbea ade, ne wo nsa-kyi-amoa mu ade no bi kyɛ no; ade a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira wo no bi na fa ma no. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi. Na sɛ ɛba sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ: Meremfi wo nkyɛn, na medɔ wo ne wo fi, efisɛ odi yiye wɔ wo nkyɛn a, ɛnne fa fitii fiti n’asom apongua ho na ɔnyɛ w’akoa daa; na w’afenaa nso yɛ no saa ara. Mma ɛnnyɛ wo den sɛ wubegya no kwan na wafa ne ho afi wo nkyɛn akodi, na ɔpaani akatua fa na ɔde asom wo mfirihyia asia; na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo nea woyɛ nyinaa mu. W’anantwi ne wo nguan mmakan anini a wɔbɛwo no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwi abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nguan abakan ho; AWURADE wo Nyankopɔn anim na di, daa afirihyia, faako a AWURADE beyi no, wo ne wo fi. Na sɛ dɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afura, anaasɛ dɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre; wo kurow apon mu na di, nea ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa nni, sɛ wodi ɔwansan ne ɔforote; ne mogya nko na nni, hwie gu fam sɛ nsu. Hwɛ ɔsram Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo fii Misraim anadwo. Enti kum Twam afɔre no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nguan ne anantwi, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena hɔ no. Nni mmɔkaw nka ho; nnansɔn na di apiti, amanehunu abodoo, efisɛ ɔhare so na wufii Misraim asase so, na woakae wo Misraim asase so fi da no, wo nkwa nna nyinaa. Na mma wonnhu mmɔkaw wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnansɔn; nso mma nam a wokum da a edi kan anwummere no bi nnka nnkosi adekyee. Nkum Twam no wɔ nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu biara mu, gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no, ɛhɔ na kum Twam no anwummere a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fi bere no mu; na ma ɛmmen na di wɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na ade kye a, woasan akɔ wo ntamadan mu. Nnansia na di apiti, na da a ɛto so ason no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara. Adapɛn ason na kan fa; da a wɔrefi ase de kantankrankyi ahyɛ awi mu no na fi kan adapɛn asɔn; na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamye afɔre sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no; na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛde yi. Di asese nnapɔnna nnansɔn, bere a woaboaboa w’awiporowbea ne wo nsa-kyi-amoa mu ade ano no; na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu. Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara. Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim; obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te. Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no. Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw. Asɛntrenee, asɛntrenee akyi na di, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no. Ntɛw nnua biara mfa nyɛ Asera nnua wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka a worebesi no ho; na mfa ɔbo dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne no. Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide. Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a ɔde rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn ani so bu apam so, na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabra no mu biara, na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnne pɛ mu yiye; na sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nokware, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ Israel a, ɛnne fa ɔbarima anaa ɔbea a wodii saa asɛmmɔne yi fi adi kɔ wo kurow apon ho, ɔbarima oo, ɔbea oo, na siw wɔn abo ma wonwu. Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no. Adansefo no nsa na engu no so kan nkum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no fi wo mu. Sɛ asɛm bi a ɛho atemmu yɛ wo den si wɔ mogya ne mogya ntam, asɛm ne asɛm ntam, ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam, na ɛyɛ wo nkurow mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnne sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na kɔ asɔfo Lewifo ne ɔtemmufo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kobisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a bu; na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo, faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ, no so, na hwɛ na yɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ wo nyinaa: Mmara a wɔbɛkyerɛ wo ne atemmu a wɔbɛka akyerɛ wo no so na di, mman mfi asɛm a wɔbɛkyerɛ wo no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na onipa a obedi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfo a ogyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufo no, saa onipa no nwu; na yi bɔne no fi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wonsuro, na wɔanni ahantansɛm bio. Sɛ wudu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a, fa nea AWURADE wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so. Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio. Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma amman; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii. Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa; na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi, na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahenni mu, ɔno ne ne mma, Israel mu. Wɔmmma asɔfo Lewifo, Lewi abusuakuw nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapade biara Israel mu. Wobetumi adi AWURADE gya afɔre so ade no bi, ɛno nyɛ wɔn agyapade. Na wɔrennya agyapade wɔn nuanom mu; AWURADE ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Na eyi nyɛ asɔfo no kyɛfa a efi ɔman no nsam, mfi wɔn a wɔbɔ afɔre no nkyɛn, nantwi oo, oguan oo: Wɔmfa basa ne abogye ne ofuru mma ɔsɔfo no; w’aburow, wo nsa ne wo ngo mu adekan ne wo nguan ho nwi a wutwa kan no, fa ma no, efisɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afi wo mmusuakuw nyinaa mu, sɛ onnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa. Na sɛ Lewini bi fi wo nkurow no biara mu, fi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ hɔ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ a, ɛnne ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifo a wogyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no. Wonnya kyɛfa koro nni nka nea efi n’agyanom ade a wɔatɔn mu no ho. Sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua amanaman no akyide no yɛ. Mma wonnhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafowayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ AWURADE akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, na akyide yi nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim yi. Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no mudi mu. Na amanaman yi a worekotu wɔn yi tie abayifo ne nkɔmhyɛfo, na wo de, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no sa. Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no. Sɛnea wubisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb guabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma minnhu ogya kɛse yi bio, na manwu! Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nea wɔaka no wɔaka no yiye: Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn; na obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka me din mu no, me ara mebisa no ase. Na odiyifo a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka ne nea ɔbɛkasa anyame foforo din mu no, odiyifo ko no bewu. Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yebehu asɛm a AWURADE nkae no? Sɛ odiyifo no kasa AWURADE din mu na asɛm no amma anaasɛ amma mu a, na AWURADE nkae ne no; ahokyerɛ na odiyifo no de kasae, nsuro no. Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn asase rema wo no, na wutu wɔn tena wɔn nkurow ne wɔn adan mu a, yiyi w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so nkurow abiɛsa fa. Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu abiɛsa, na onipakumfo biara aguan akɔ hɔ. Na onipakumfo a onguan nkɔ hɔ na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no, sɛ ebia, obi ne ne yɔnko kɔ kwae mu akɔtow nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dade no hɔn fi ne dua mu bɔ ne yɔnko no ma owu a, ɛnne onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa; na mogya ho werefo no amfa abufuhyew antiw onipakumfo no, na ɔkwan no ware nti, wankɔto no ankum no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa no wu, efisɛ bere a atwam no na ɔntan ne yɔnko no. Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkurow abiɛsa fa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛw wo hye mu, sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no, na ɔde asase a ɔkae sɛ ɔde bɛma w’agyanom no nyinaa ma wo, na sɛ wudi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonantew n’akwan so nna nyinaa a, ɛnne yiyi nkurow abiɛsa bio ka abiɛsa yi ho fa, na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so, na woanni mogya ho so. Na sɛ obi tan ne yɔnko, na ɔtɛw no, tow hyɛ no so, na ɔbɔ no ade ma owu, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a, ɛnne ne kurom mpanyimfo nsoma mma wɔnkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho werefo no nsa, na onwu. Mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, na yi mogya a edi bem ho afobu fi Israel, na ensi wo yiye. Ntwiw wo yɔnko hye a tetefo atwa, w’agyapade a woanya mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so. Ɔdansefo biako nnsɔre nnhyɛ obi, amumɔyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu: Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm biara nnyina. Sɛ ɔdansekurumfo bi sɔre hyɛ obi di no mfomso ho adanse a, ɛnne nnipa baanu a ɔham da wɔn ntam no mmegyina AWURADE anim, asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim. Na atemmufo no mpɛɛpɛe mu yiye, na sɛ ɔdansefo no yɛ ɔdansekurumfo na wadi ne nua ho adansekurum a, ɛnne monyɛ no sɛnea osusuwii sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no fi wo mu, na wɔn a aka no nte na wonsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte sɛɛ wɔ wo mu bio. Na mma w’aniwa nnhu mmɔbɔ; ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu. Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho. Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfo no ntwiw mmɛkasa nkyerɛ ɔman no, na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfo akɔko, mommma mo koma nntutu, munnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfo rekɔko ama mo na wagye mo. Na ahwɛfo no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforo na onnuruu mu afiforo no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi ankoduru mu. Na onii ko a watɛw bobeturo na onnya nyii ano no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano. Na onii ko a wagye ɔbea bi aware na onnya nhyiaa no no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi anhyia no. Na ahwɛfo no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a osuro na ne koma tutu no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wamma ne nuanom koma annan sɛ ne de. Na sɛ ahwɛfo no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti. Sɛ wobɛn kurow bi ne no rekɔko a, ka asomdwoesɛm kyerɛ no. Na sɛ obua wo asomdwoe so na ohiɛ wo a, ɔman a wobehu wɔn hɔ no nyi tow mma wo nsom wo. Na sɛ wɔne wo anni asomdwoesɛm na wɔne wo ko a, ɛnne tua kurow no; na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrante kunkum emu mmarima nyinaa, nanso mmea ne mmofra ne afieboa ne nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa, emu asade nyinaa de, fom fa, na di w’atamfo asade a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no. Saa na yɛ nkurow a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkurow bi no. Na amanaman yi nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu de, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa, na sɛe wɔn pasaa: Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no. Na wɔankyerɛ mo wɔn akyide a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne. Sɛ wutua kurow bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na di, na ntow ngu: So afuw mu dua yɛ onipa na woatua no? Nanso nnua a wunim sɛ ɛnyɛ nnua a wodi no de, sɛe no na twa fa yɛ kurow a ɛne wo di ako no ho ntuaban kosi sɛ wobɛbrɛ no ase. Sɛ wuhu obi a wɔakum no da wuram, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wunnim nea okum no a, ɛnne wo mpanyimfo ne w’atemmufo mfi adi nkosusuw nkodu nkurow a ɛdeda nea wɔakum no no ho no so; na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no ho no, saa kurow no mu mpanyimfo mfa nantwiforo a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔndua pɛn, na kurow no mu mpanyimfo no mfa nantwiforo no nsian nkɔ subon a nsu sen wom a wɔnnɔwee na wonnuaa mu ade da mu, na wommu nantwiforo no kɔn mu wɔ osubon no mu. Na Lewi mma asɔfo no ntwiw mmra, efisɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wonhyira, AWURADE din mu, na wɔn anom asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔboro ho asɛm biara; na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no mu mpanyimfo no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiforo a wɔabu ne kɔn mu osubon no mu no so, na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn aniwa anhu; AWURADE, fa firi wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a edi bem ho afobu ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi firi wɔn. Na wo de, yi mogya a edi bem ho afobu fi wo mu, na yɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. Sɛ wutu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu nnommum, na wuhu nnommum no mu ɔbaabere bi, na wopɛ no afa no ayɛ wo yere a, ɛnne fa no bra wo fi, na onyi ne ti, na ommubu n’awerɛw, na onyi ne dommum atade mfi ne ho, na ɔntena wo fi nnyam n’agya ne ne na ɔsram mu, na ɛno akyi no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɔyere. Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma ɔmfa ne ho nkodi sɛnea ɔpɛ, na ɔtɔn de, ntɔn no nnye sika, wo ne no nnni no sɛ afenaa, efisɛ woagurow no. Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ obiako, na ɔnnɔ obiako, na nea ɔdɔ no no ne nea ɔnnɔ no no wowo mma ma no, na abakan no ne nea ɔnnɔ no no ba a, ɛnne da a ɔkyɛ n’ade mu ma ne mma no, ɔmmfa nea ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni nea ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim; na ommu nea ɔnnɔ no no ba no abakan mma no nea ɔwɔ nyinaa mu abupɛn abien; na ɔne n’ahoɔden asefi, abakan dibea yɛ ne dea. Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie n’agya ne ne na asɛm, na wɔteɛ no so na ontie wɔn a, ɛnne n’agya ne ne na nkyere no mfa no mfi adi nkɔ ne kurom mpanyimfo nkyɛn, kurow no pon ano, na wɔnka nkyerɛ ne kurow no mu mpanyimfo no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo, ontie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne sabofo. Na ne kurow no mu mmarima nyinaa nsiw no abo mma ɔntɔ; na yi bɔne no fi wo mu na Israel nyinaa nte na wonsuro. Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ okum na wokum no de no sɛn dua bi so a, ne funu no nntena dua no so anadwo, osie na sie no da no ara; na nea wɔasɛn no no yɛ Onyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no ho fi. Nhwɛ wo nua nantwi anaa ne guanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; fa wɔn san brɛ wo nua. Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wunnim no a, ɛnne fa no bra wo fi na ɔntena wo nkyɛn nkosi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadan no ama no. Na saa nso na yɛ n’afurum, na saa nso na yɛ ne ntama, na saa nso na yɛ wo nua ade biara a ayera a wubehu; ntwe wo ho mfi ho. Nhwɛ wo nua afurum anaa ne nantwi sɛ wɔahwe ase ɔkwan mu, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; boa no ma ɔmma wɔn so. Ɔbea nnhyɛ ɔbarima ade, na ɔbarima nso mmfura ɔbea ntama, efisɛ wɔn a wɔyɛ eyi nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide. Sɛ anomaa berebuw befi w’anim ɔkwan mu, dua biara so anaa ɛfam, mma oo, nkesua oo, na ɛna no butuw mma no anaa nkesua no so a, nkyere ɛna no mpae mma no so; na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yiye na wɔama wo nna aware. Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so. Mfa ade horow abien nnua wo bobeturo mu, na woanyɛ w’adua a wuduae no ne bobeturo no mu nnɔbae nyinaa kronkron prɛko. Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu mfɛtɛw. Mfura ntama a wɔde kuntu ne asaawa afra anwene. Yɛ wo ntama a wode kata wo so ahinanan so nnwow. Sɛ obi ware yere na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio, na ɔde animguasesɛm to no so na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbea yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabun, a, ɛnne abofra no n’agya ne ne na mfa abofra no baabunyɛ sɛnkyerɛnne mfi mmra kurow no mu mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano, na abofra no n’agya nka nkyerɛ mpanyimfo no sɛ: Mede me ba mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio, na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato no so sɛ: Manto wo ba no ɔbaabun; nso me ba no baabunyɛ ade ni. Na wɔntrɛw ntama no mu kurow no mu mpanyimfo no anim. Na kurom hɔ mpanyimfo no mfa ɔbarima no ntwe n’aso, na wonnye no dwetɛ nnwetɛbona ɔha mfa mma ababaa no agya, efisɛ wabɔ Israel mu baabun dimmɔne; na ɔnyɛ ne yere, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu. Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhu abofra no ɔbaabun a, ɛnne wonyi ababaa no mmra n’agya fi abobow ano, na ne kurom mmarima nsiw no abo mma onwu, efisɛ wayɛ nkwaseade Israel mu sɛ wabɔ aguaman n’agya fi; na yi bɔne no fi wo mu. Sɛ wohu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbea a ɔyɛ obi yere da a, ɛnne wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no; na yi bɔne no fi Israel. Sɛ wɔde abofra a ɔyɛ ɔbaabun ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kurow mu na ɔne no da a, ɛnne momfa wɔn baanu no mfi adi nkɔ kurow no abobow ano, na munsiw wɔn abo mma wonwuwu: Ababaa no, sɛ ɔwɔ kurow mu na wanteɛm, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere ase nti; na yi bɔne no fi wo mu. Na sɛ ɔbarima bi hu ababaa a wɔagye no aware wɔ wuram, na ɔbarima no kyere no ne no da a, ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no nko na onwu, na ababaa no de, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ owu nni ababaa no so, efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no, saa na asɛm yi te; efisɛ wuram na ohuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teɛɛm, na obi a obegye no nni hɔ. Sɛ ɔbarima bi hu abofra a ɔyɛ ɔbaabun a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkyere no ne no da na wohu no a, ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbona aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no ase nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa. Ɔbarima bi nnware n’agya yere, na onnyi ɔbea a ɔyɛ n’agya de adagyaw so. Nea wɔapɛtɛw ne hwea ne nea ne barima atwa no mmma AWURADE bagua mu. Aguaman ba bi mmma AWURADE bagua mu; n’awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu. Amonni anaa Moabni mmma AWURADE bagua mu; wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu da, efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti. Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ otie Bileam, na AWURADE wo Nyankopɔn dan nnome no nhyira maa wo, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo. Nhwehwɛ wɔn asomdwoe ne wɔn papa da, wo nna nyinaa. Nkyi Edomni, efisɛ ɔyɛ wo nua. Nkyi Misraimni, efisɛ woakɔyɛ n’asase so hɔho. Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa mmra AWURADE bagua mu. Sɛ wufi kɔbɔ w’atamfo so nsra a, hwɛ wo ho yiye adebɔne nyinaa ho. Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho ntew, nea ɛyɛɛ no anadwo ho a, ɛnne omfi nkɔ nsra no akyi, ɔmmma nsra no mu. Na ɛrekɔ anwummere no, ɔmfa nsu nguare, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsra no mu. Na yɛ baabi, nsra no akyi fa, na woafi adi akɔ hɔ; na nya ɔsosɔw wɔ w’ade mu, na sɛ wokɔkotow nsra no akyi hɔ a, wode afunu akotow so, na woakata nea afi wo mu no so. Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsra mu sɛ ɔregye wo, na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa; enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi. Mfa akoa a wafi ne wura nkyɛn abɛdɔm wo nhyɛ ne wura nsa; ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkurow mu biako a ɔbɛfa a eye ma no mu; nhyɛ no so. Israel mmabea mu biara nnnan aguaman, na Israel babarima biara nnnan aguaman. Mfa ɔbea guamanfo apɛde anaa ɔkraman (ɔbarima oguamanfo) apaade mma AWURADE wo Nyankopɔn fi wo bɔhyɛ biara mu, na n’abien no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide. Nnye wo nua sika ho mfɛntom, anaa aduan ho mfɛntom, anaa biribiara a wogye ɛho mfɛntom ho mfɛntom. Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntom, na wo nua de, nnye no hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so. Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nnodow ne tua ho, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ wɔ wo hɔ, na adan wo bɔne. Nanso woanhyɛ bɔ no koraa de a, ɛnyɛ bɔne mma wo. Nea afi w’ano no, di so na yɛ, sɛnea wufi wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no. Sɛ wudu wo yɔnko bobeturo mu a, di aba no bi sɛnea wopɛ mee, na mfa bi ngu w’ade mu. Sɛ wudu wo yɔnko awi a egyina hɔ mu a, fa wo nsa pompan mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko awi so. Sɛ ɔbarima bi ware yere, na ɛba sɛ onnya n’ani so anuonyam, efisɛ wahu ne ho aniwude bi a, ɛnne ɔnkyerɛw ɔko nhoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na onnya no kwan mfi ne fi. Na sɛ ofi ne fi kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi, na okunu foforo no nso mpɛ no, na ɔkyerɛw ɔko nhoma ma no de hyɛ ne nsa na ogya no kwan fi ne fi, anaasɛ okunu a ɔwaree no akyiri no wu a, ɛnne ne kan kunu a ogyaa no kwan no nnsan mmmɛware no bio, ne ho fi gu no akyi, efisɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyide, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so. Sɛ ɔbarima bi ware yere foforo a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto no so; na ɔnne ne ho mma ne fi afirihyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye. Obi nnnye owiyammo ne ne ba awowa; na onii no regye nkwa awowa. Sɛ wohu obi a owia ne nuanom Israelfo mu nipa bi na odi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnne owifo no nwu, na yi bɔne no fi wo mu. Hwɛ yiye kwata yare ho, na woahwɛ ayɛ sɛ asɔfo Lewifo no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛnea mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ. Kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam ɔkwan so, bere a mufi Misraim reba no. Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛn ne dan mu nkogye n’awowa; adiwo na gyina, na onipa a wofɛm no ade no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adiwo. Na sɛ ɔyɛ onipa a odi hia a, mfa n’awowa no nna; owia kɔtɔ a, dan awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntama nna, na onhyira wo, na ɛnyɛ wo trenee AWURADE wo Nyankopɔn anim. Nhyɛ ɔpaani, ɔbrɛfo ne ohiani a ofi wo nuanom anaa ahɔho a wɔwɔ w’asase so, wo nkurow mu no mu so. Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaade, na mma owia nnkɔtɔ so, efisɛ odi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne. Wonnkum agyanom mmpae mma so, na wonnkum mma mmpae agyanom so; onipa ankasa bɔne nti na wonkum no. Nkyea ɔhɔho anaa ayisaa atɛn, na nnye okunafo atade awowa. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo fii hɔ; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so. Sɛ wutwa w’aduan w’afuw mu na wo werɛ fi afi bi afuw mu hɔ a, nsan nkɔfa; na ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu. Sɛ woporow wo ngodua a, nsan nkɔtwee so; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de. Sɛ wotew wo bobeturo mu aba a, nsan nkodi so mpɛpɛwa; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so. Sɛ ɔham ba mmarima ntam a, wɔmmra asɛnnii, na wommu wɔn atɛn, na wommu ɔtreneeni bem, na wommu ɔbɔnefo fɔ. Na sɛ ɔbɔnefo no di ɔhwe a, ɔtemmufo no mma ɔnna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodow a ɛsɛ ne bɔne no. Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛnntena so, na wantena so anhwe no mmaa pii ansen eyi, na wo nua annan w’ani so ɔhohorani. Nkata nantwi a ɔporow awi ano. Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu biako wu na onni ba a, owufo no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔho; ne kunu ne nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ okunu nua asɛde mma no. Na abakan a ɔbea no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a owui no din nto no, na ne din ampopa amfi Israel. Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnne ne nua yere no nkɔ kurow pon ano mpanyimfo nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu ne nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me okunu nua asɛde. Na ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no; na sɛ ogyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no, a, ɛnne ne nua yere no ntwiw mmɛn no mpanyimfo no anim, na ɔnsan ne nan mpaboa, na onhinam n’ani so ntasu nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ osiesie ne nua fi. Na wɔmfrɛ ne fi Israel mu sɛ: Nea ne mpaboa asan no fi. Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na obiako yere twiw bɛn sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔrehwe no no nsam, na ɔteɛ ne nsa so ne barima mu a, ɛnne twa ne nsa, mma w’ani nnhu no mmɔbɔ. Nnya abrammo horow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fotow mu. Nnya olonka ahorow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fi. Nya abrammokwanmu a ɛteɛ, nya olonka a edu na ɛteɛ, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. Na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, wɔn a wotwa nkontompo nyinaa. Kae nea Amalek yɛɛ wo ɔkwan so bere a mufi Misraim reba no: Sɛnea ɔbɛtoaa wo ɔkwan mu, bere a woatɔ piti na woabrɛ, na otwaa wɔn a aka w’akyi no nyinaa gui wɔ w’akyi, na wansuro Onyankopɔn. Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsam, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena so no so a, popa Amalek nkae fi ɔsoro ase; mma wo werɛ mmfi. Na sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so na wofa tena so a, fa asase no so adua a wubenya w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no nyinaa aduankan no bi gu kyerɛnkyɛ mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena hɔ no, na kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ madu asase a AWURADE kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so. Na ɔsɔfo no nnye kyerɛnkyɛ no mfi wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no anim. Na gye so ka AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: M’agya yɛ Aramni a anka okyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi sian kɔɔ Misraim kɔsoɛɛ hɔ hɔho, na ɔyɛɛ ɔman kɛse a wɔyɛ den na wɔdɔe wɔ hɔ. Na Misraimfo yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom dennen too yɛn so; na yesu frɛɛ AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, na AWURADE tiee yɛn nne, na ohuu yɛn ade mmɔbɔ a ɛyɛ ne yɛn haw ne yɛn ahoguan. Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm ne ahodwiriwde akɛse ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yii yɛn fii Misraim bae. Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo. Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduankan maba! Na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre AWURADE wo Nyankopɔn anim, na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fi no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔho a ɔwɔ wo mu no. Sɛ wuwie wo nnɔbae mu ntotoso du du nyinaa yiyi, afe a ɛto so abiɛsa a ɛne ntotoso du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo ama wɔadi wo nkurow mu amee a, ɛnne ka wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronne afi me fi, na mede mama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo nso, sɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa te, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi; minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa. Fi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛde ne atemmude yi, na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa di so na yɛ. Ɛnnɛ woaka wɔ AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanantew n’akwan so, na woadi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm ne n’atemmude so, na woatie ne nne; na AWURADE nso aka wɔ wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ n’ankasa ne man, sɛnea wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so, na wama wo so akyɛn amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyi ne din ne anuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛnea ɔkae no. Na Mose ne Israel mpanyimfo no hyɛɛ ɔman no sɛ: Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so. Na da a mubetwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, fa abo akɛse sisi hɔ, na fa akado sra ho, na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wubetwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no. Na sɛ mutwa Yordan a, momfa abo yi a merehyɛ mo ɛho ahyɛde nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔw so, na fa akado sra ho. Na si hɔ afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, abo afɔremuka; mma dade so wɔ so; abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn; na bɔ asomdwoe afɔre di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim. Na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu abo no so, fa kurukyerɛw mu yiye. Na Mose ne asɔfo Lewifo no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman; enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so. Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ: Sɛ mutwa Yordan a, eyinom na ennyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no: Simeon ne Lewi ne Yuda ne Isakar ne Yosef ne Benyamin; na eyinom nnyina Ebal bepɔw so nnome: Ruben, Gad ne Aser ne Sebulon, Dan ne Naftali. Na Lewifo mfi ase mfa nne kɛse nka nkyerɛ Israel nyinaa sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, AWURADE akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔma onifuraefo fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔkyea ɔhɔho, ayisaa ne okunafo atemmu! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔne n’agya yere da, efisɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔne ne nuabea, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ohintaw bɔ ne yɔnko ade! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ogye apaade sɛ obekum onipa a odi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen. Na sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so; na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, efisɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne. Nhyira bɛka wo wɔ kurow mu, na nhyira aka wo wɔ afuw mu. Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma. Nhyira bɛka wo kyerɛnkyɛ ne wo mmɔre korow. Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifi mu. AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre hyɛ wo adi ntwo, w’anim; wɔnam ɔkwan koro so befi abehyia wo, na wɔnam akwan ason so aguan w’anim. AWURADE bɛhyɛ nhyira ma aba wo so, w’asan so, ne ade a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na obehyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. Sɛ wudi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonantew n’akwan so a, AWURADE de wo begyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛnea waka wo ntam no. Na asase so aman nyinaa behu sɛ wɔde AWURADE din na ɛfrɛɛ wo, na wobesuro wo. Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so, wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so. AWURADE bebue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so su ne bere mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo de, woremfɛm obi hɔ biribi. Sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnne AWURADE de wo bɛyɛ ti, na ɛnyɛ dua, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da; nanso mman mfi nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkodi anyame foforo akyi nkɔsom wɔn. Nanso sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo. Nnome bɛka wo, kurow mu, na nnome aka wo, wuram. Nnome bɛka wo kyerɛnkyɛ ne wo mmɔre korow. Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwi mma ne wo nguan mma. Nnome bɛka wo wo fieba mu, na nnome bɛka wo w’adifi mu. AWURADE bɛma nnome, wibɔ ne adapaabɔ aba wo so nea wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akosi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwerɛw wo, na woasɛe ntɛm, efisɛ woagyaw me. AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akosi sɛ obewie wo hyew afi asase a worekɔ so akɔfa no so. AWURADE de ɔfɔn ne atiridii ne ahohuru ne ahohyehye kɛse ne nkrante ne ɔhow ne ɔpo bɛbɔ wo, na ebetiw wo de akosi sɛ wobɛsɛe. Na wo soro a ɛwɔ w’atifi bɛdan kɔbere, na asase a ɛwɔ w’ase adan dade. AWURADE de otutuw ne nso bɛyɛ w’asase so su ma afi soro atɔ wo so de akosi sɛ wɔbɛsɛe wo. AWURADE bɛma woadi w’atamfo anim ntwo: Wonam ɔkwan koro so befi akohyia wɔn, na wonam akwan ason so aguan wɔn anim, na wɔbɛtow wo apete asase so ahenni nyinaa mu. Na wo funu bɛyɛ wim nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduan, na obiara renka wɔn. AWURADE de Misraim mpobia ne mpɔmpɔ ne ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo. AWURADE de adammɔ ne anifurae ne komam ahodwiriw bɛbɔ wo. Na wubesinsiane awia ketee sɛ onifuraefo sinsiane sum mu, na w’akwan renwie wo yiye, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afow wo daa nyinaa, na obiara rennye wo. Wubegye ɔbea aware, na obi ne no ada; wubesi dan, na worentena mu; wobɛtɛw bobeturo, na worentew so aba. Wobekum wo nantwi w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afurum w’anim, na wɔrennan mma wo; wɔde wo nguan bɛma w’atamfo, na worennya ogyefo. Wɔde wo mmammarima ne wo mmabea bɛma ɔman bi, na w’aniwa bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’aniwa atɔ dwen daa adesae, efisɛ tumi bi nni wo nsam. W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa; na w’aniwa ade a wubehu no bɛbɔ wo dam. AWURADE de akuru bɔne bɛbɔ wo wo nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma wo fi wo nan ase kosi w’atifi. AWURADE de wo ne wo hene a wubesi no wo so no bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim so, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo, nnua ne abo. Na wobɛdan ahodwiriwde ne akasabebui ne ɛfene aman a AWURADE de wo bɛkɔ hɔ no nyinaa mu. Wode aba pii befi akɔ afum, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, efisɛ ntuntummɛ bedi. Wobɛtɛw bobe nturo na woadɔw mu, na nsa de, worennom, na woremmoa aba no ano, efisɛ mmoa bedi. Wubenya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo de, worensra bi, efisɛ wo ngodua no bɛporow agu. Wobɛwo mmammarima ne mmabea, na wɔrenyɛ wo de, efisɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu. Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛw bɛfa. Ɔhɔho a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛn wo ara, na wo de, wubesian aba famfamfam; ɔno de, ɔbɛfɛm wo ade, na wo de, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛyɛ ti, na wo de, woayɛ dua. Na nnome yi nyinaa bɛba wo so na atiw wo abɛto wo akosi sɛ wobɛsɛe, efisɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wubedi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔhyɛɛ wo no so. Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, wo ne w’asefo ho daa. Esiane sɛ woamfa anigye ne koma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn, taamudi mu nti, wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo so no, ɔkɔm ne osukɔm ne adagyaw ne nneɛma nyinaa mu hia mu; na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo. AWURADE de ɔman bi befi akyirikyiri afi asase ano aba wo so ɔhareso, sɛnea ɔkɔre tu: Ɔman a wonte wɔn kasa, ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akwakoraa anim na wɔnkyɛe aberante so. Na wobedi wo mmoa mma ne w’asase so aba akosi sɛ wɔbɛsɛe wo, na wɔrennyaw wo aburow, nsa anaa ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma, akosi sɛ wɔbɛsɛe wo. Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow apon nyinaa mu akosi sɛ w’afasu atenten a ɛyɛ den a wode wo ho too so bɛba fam, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no nyinaa so. Na wubedi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mmabea a AWURADE wo Nyankopɔn ama wo no nam, ahohia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere wo no mu. Ɔbarima a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho wɔ wo mu benya ne nua ne ne kokom yere ne ne mma nkae a wama aka no ho anibɔne, sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredi no bi, efisɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, ahohia ne ahokyere a wo tamfo bɛma wo ho akyere wo, wo nkurow nyinaa mu no mu. Wo mu ɔbea nso a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho a ahokokɔ ne mmerɛwyɛ nti ɔnsɔ nhwɛe pɛn sɛ ɔde ne nan besi fam no benya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babea ho anibɔne, na obedi ne mma a wawo wɔn ne akyiriade wɔ kokoam, esiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo so, wo nkurow apon nyinaa mu nti. Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa, na worensuro din a ɛwɔ anuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a, ɛnne AWURADE bɛma wo haw ne w’asefo haw ayɛ nwonwa, ɔhaw akɛse a ɛkyɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛ; na ɔde Misraim nyarewa a wusuro no bɛba wo so, na abɛfomfam wo ho; nso ɔyare biara ne ɔhaw biara a wɔnkyerɛwee mmara yi nhoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo. Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kan no na mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma, efisɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne. Na sɛnea AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yiye na wama moadɔ no, saa ara nso na AWURADE ani begye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛw mo; na wobetutu mo afi asase a morekɔ hɔ akodi so no so. Na AWURADE bɛbɔ wo apete aman nyinaa mu afi asase ano akosi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn a ɛyɛ nnua ne abo; na amanaman no mu nso worennya ahodwo, na wo nammɔn rennya ɔhome; ɛhɔ nso AWURADE bɛma wo koma a etutu ne aniwa a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ekisa; na wo nkwa bɛsɛn w’anim ahinhim, na wubesuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni. Na wo koma mu suro a wubesuro ne w’aniwa mu ade a wubehu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anadwofa ɛ! Na anadwofa nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ! Na AWURADE de wo bɛsan afa ahyɛn mu akɔ Misraim, ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo po. Eyi ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamee Horeb ho no mu nsɛm no ho. Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahu nea AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo aniwa mu, wɔ Misraim asase so no nyinaa, sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse no. Nanso ɛde besi nnɛ, AWURADE mmaa mo koma a enim ade ne aniwa a ehu ade ne aso a ɛte asɛm. Na mama moanantew sare so mfirihyia aduanan, mo ntama nsuwii mo ho ɛ, na wo mpaboa ntetewee wo nan ase ɛ; moanni abodoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na muduu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene, Og fi behyiaa yɛn ne yɛn bɛkoe, na yekum wɔn; na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo abusuakuw fa sɛ wonni so. Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye. Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo atitiriw, mo mmusuakuw, mo mpanyimfo ne mo ahwɛfo, Israel mmarima nyinaa; mo mma, mo yerenom ne wo hɔho a ɔwɔ wo nsra mu, efi wo duatwafo so kosi wo nsusawfo so: Sɛ wobɛhyɛn AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nsew a AWURADE wo Nyankopɔn ne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu, sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Onyankopɔn, sɛnea ɔka kyerɛɛ wo, ne sɛnea ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam no. Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam apam yi na meredi nsew yi, na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi. Na mo ara munim sɛnea yɛtenaa Misraim asase so, ne sɛnea yetwaa amanaman a mofaa wɔn mu bae no mu; na muhuu wɔn akyide ne wɔn nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no; na monhwɛ yiye, na ɔbarima bi anaa ɔbea bi anaa abusua bi anaa abusuakuw bi antena mo mu a wɔn koma redan nnɛ afi AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na ntini bi antena mo mu a ɛsow bɔre ne awɔnwene; na sɛ ɔte nsew yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho ne koma mu anka sɛ: Menam me koma denyɛ mu de, nanso menya asomdwoe; na wɔansesaw nea wanom ne nea osukɔm de no ammom. AWURADE rempene mfa mfiri no, na ɛno de AWURADE abufuw ne ne ninkuntwe bepun onipa ko no, na nsew a wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa beduru no, na AWURADE bɛpopa ne din afi ɔsoro ase. Na AWURADE beyi no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu ama bɔne, sɛ apam a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no mu nsew no nyinaa te. Na sɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyi, ne ɔnanani a ofi akyirikyiri asase so bɛba no hu asase yi haw ahorow ne nyarewa a AWURADE de aba so, sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm, na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi sɛɛ yi? Abufuw kɛse hyewhyew yi yɛ dɛn? Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no, na wɔakɔ akɔsom anyame foforo na wɔasɔre wɔn, anyame a wonnim wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn. Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ asase yi ma ɔde nnome a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa baa so; enti na AWURADE atutu wɔn afi wɔn asase so abufuw ne aboɔhyew ne abohuru kɛse mu na watow wɔn agu asase bi so sɛ ɛte nnɛ yi. Nneɛma a ahintaw yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa, sɛ yenni mmara yi mu nsɛm nyinaa so. Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apam wo akɔ hɔ no nyinaa mu, na wosan ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛnea merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a, ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu. Sɛ wo nnipa a wapam wɔn no wɔ ɔsoro ano po a, efi hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa w’ano, na efi hɔ na ɔbɛfa wo. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a w’agyanom dii so no so, na woadi so, na wayɛ wo yiye, na wama woadɔ akyɛn w’agyanom. Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa. Na AWURADE wo Nyankopɔn de nsew yi nyinaa begu w’atamfo ne wɔn a wokyi wo a wɔtaa wo no so. Na wo de, wobɛsan abetie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yiye ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, efisɛ AWURADE ani begye wo ho bio ama woadi yiye sɛnea n’ani gyee w’agyanom ho no, sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wudi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa san ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a! Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyɛ den mma wo, nanso enni akyirikyiri; enni ɔsoro na woaka sɛ: Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ? Na enni po agya nso na woaka sɛ: Hena na obetwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ? Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anom ne wo koma mu sɛ yɛ. Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owu ne bɔne masi w’anim, na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nantew n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude so, na woanya nkwa, na woadɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ hɔ akodi so no so. Na sɛ wo koma dan na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforo na wosom wɔn a, mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe, worenkyɛ asase a woretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so. Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow, na woatena asase a AWURADE kaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Na Mose kɔe kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mfirihyia ɔha aduonu ba ne me nnɛ, mintumi mimfi adi na mintumi memma mu bio; nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi. AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afi w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛnea AWURADE aka no. Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛnea ɔyɛɛ Amorifo ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase. Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛnea mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa te. Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo. Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na obedi w’akyi, ɔrempa wo na ɔrennyaw wo; nsuro na mma wo bo nntu. Na Mose kyerɛw mmara yi, na ɔde maa asɔfo no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa. Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirihyia ason awiei, adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu a Israel nyinaa aba rebepue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom. Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so: Na wɔn mma a wonnim no ntie, na wonsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so no nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebewu abɛn; frɛ Yosua bra, na mummegyina ahyiae ntamadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua bae begyinaa ahyiae ntamadan no mu. Na AWURADE de omununkum dum beyii ne ho adi ntamadan no mu, na omununkum dum no begyinaa ntamadan no ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no. Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa? Na me de, bɔne a wɔayɛ no nyinaa, sɛ wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn nti, da no, ohintaw na mede m’ani mehintaw. Na afei monkyerɛw dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfo; fa hyɛ wɔn anom, na dwom yi nni me adanse, Israelfo mu. Na mede wɔn medu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom a ɛsen nufusu ne ɛwo no so, na wobedidi amee na wɔayɛ akɛse, na wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam. Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so. Na Mose kyerɛw dwom yi da no ara, na ɔkyerɛɛ Israelfo no. Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi. Na Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nhoma mu wiei koraa no, Mose hyɛɛ Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ: Momfa mmara nhoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanse. Na me de, minim w’atuatew ne wo kɔn a asen; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi po moyɛ AWURADE anim atuatewfo, na me wu akyi ɛ! Momma mo mmusuakuw mu mpanyimfo nyinaa ne mo ahwɛfo mmɛbɔ me nkyɛn gua, na menka nsɛm yi nyinaa mingu wɔn asom, na memfrɛ ɔsoro ne asase minni wɔn adanse. Na minim sɛ me wu akyi no, ɔsɛe na mobɛsɛe, na moaman afi ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, efisɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuw. Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel bagua nyinaa asom de kosii sɛ owiei. Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anom nsɛm! Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu, na me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so mfetema ne nhaban so hasu. Na AWURADE din na mɛbɔ: Momfa nidi mma yɛn Nyankopɔn. Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no. Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea. So AWURADE na mutua no ka sɛɛ yi? Ɔman nkwaseafo a wonni ti! So ɛnyɛ ɔno ne w’agya a onyaa wo? Ɔno na ɔyɛɛ wo na ɔde wo tim hɔ. Kae tete nteredee nna, hwɛ awo ntoatoaso dodow no mfe; bisa w’agya, na ɔnkyerɛ wo, wo mpanyimfo, na wɔnka nkyerɛ wo. Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahye totoo hɔ sɛ Israelfo ano si. Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no. Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi. Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so. AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan, na ɔnananyame bi anka ne ho. Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na odii asase so nnɔbae; na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu, ne ngo fii abohemmaa mu, anantwi nufusu ani srade, ne nguan nufusu, ne nguammuruwa srade, ne Basan adwennini ne mpapo de, ne awi asaabo mu srade, na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen. Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa. Wɔde ananafo anyame ma ɔtwee ninkunu, wɔde akyide huruu ne bo. Wɔbɔɔ afɔre maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wonnim wɔn, afoforo a ɛbae akyiri yi na wɔn agyanom amfɛre wɔn. Ɔbotan a ɔwoo wo no, woannwen no so, na wo werɛ afi Onyankopɔn a ɔkyem woo wo no. Na ne mmabanin ne ne mmabea ho ahi nti AWURADE hui no, ɔpoo wɔn, na ɔkae sɛ: Meyi m’ani mahintaw wɔn, mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie, na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokware nni wɔn mu. Wɔn de, wɔde nea ɛnyɛ Onyankopɔn ma metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuw yi me ahi: Na me nso mede nea ɛnyɛ ɔman mɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwasea bi na ɛbeyi wɔn ahi. Na ogya asɔ m’abufuw mu, na ɛredɛw akodu asaman ase, na ɛrehyew asase ne ne nnɔbae, ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu. Mɛboaboa mmusu ano agu wɔn so, mɛhwere m’agyan masɛe wɔn. Ɔkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyew ne ɔyare yawyaw bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfutuma mu awɔ bɔre. Nkrante bɛfa wɔn mma abɔnten so, na ehu akum wɔn mpia mu, aberante ne ababaa, akokoaa ne nea wafuw dwen nyinaa. Anka mise: Mehuw wɔn agu, mɛma wɔn nkae to atwa afi nnipa mu, sɛ ɛnyɛ ɔtamfo ahiiyi na misuro a, na wɔn ahohiafo annan me nsusuwii ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ eyi nyinaa. Na wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn, na nhumu bi nni wɔn mu. Sɛ wɔyɛ anyansafo a, anka wɔbɛte eyi ase, na wɔahu wɔn awiekyiri. Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obiakofo bɛtaa apem, na baanu ama ɔpedu aguan? Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfo po bu atɛn sa. Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fi, ɛne Gomora mfuwa mu; wɔn aba yɛ bɔre aba, wɔsow akasiaw a ɛyɛ nwene; wɔn nsa yɛ atweaseɛ bɔre ne nhurutoa bɔre a ano yɛ den. So wɔnkoraa eyinom wɔ me nkyɛn, na wɔnsɔɔ ano m’adekorabea? Me na aweredi ne akatua wɔ me, ɛbere a wɔn nan bɛwatiriw no. Na wɔn dwerɛw da abɛn, na nea wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm. Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio. Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too so no? Wɔn a wodii wɔn afɔre srade, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkataso. Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ. Na mema me nsa so mekɔ ɔsoro, na mise: Sɛ mete ase daa yi! Sɛ mesew me nkrante nnyinamnyinam no na me nsa so atemmu mu a, medi wɔn a wɔne me di asi were, na matua m’atamfo ka. Mɛma m’agyan abow mogya, na me nkrante adi nam: Atɔfo ne nnommum mogya, ɔtamfo ti a apɛsɛw no. Amanaman, mo ne ne man mmɔ ose, efisɛ obedi ne nkoa mogya so were, na ɔde aweredi betua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man. Na Mose bae bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no asom, ɔno ne Nun ba Yosua. Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so. Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akodi so no so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ: Kɔforo Abarim bepɔw yi, Nebo bepɔw a ɛwɔ Moab asase so, Yeriko ntentenso no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfo sɛ wɔmfa no. Na wu wɔ bepɔw a woreforo akɔ so no so, na wɔmmoaboa wo nkɔ wo nkurɔfo nkyɛn, sɛnea wo nua Aaron wui Hor bepɔw so na wɔboaboaa no kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn no, efisɛ mofom me Israelfo mu, ɔham nsu a ɛwɔ Kades, Sin sare so no ho, esiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfo mu. Na wubehu asase no w’anim, na ɔkɔ de, worenkɔ asase a mede merema Israelfo no so hɔ. Na eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo ansa na owui. Na ɔkae sɛ: AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu. Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm. Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob bagua agyapade; na ɔyɛɛ Yesurun mu hene, ɛda a ɔman no atitiriw hyiae na Israel mmusuakuw nyinaa hyiaa faako no. Ruben nnya nkwa na onnwu, na ne mmarima nso nnyɛ ketewa. Na Yuda nso de ni, ose: AWURADE, tie Yuda nne, na fa no kɔ ne man nkyɛn; ma wo nsa nko mma no, na yɛ no ɔboafo fi n’ahohiafo nsam. Na Lewi ho de, ɔkae sɛ: Wo nokware ne wo hann wɔ wo hotefo no, nea wosɔɔ no hwɛe Masa hɔ na wo ne no hamee Meriba asu ho no; nea ɔkae wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Minnim wɔn! Na ɔpaa ne nuanom, na ɔpoo n’ankasa ne mma no. Na wodi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam. Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhuam betua wo hwene ano, na wɔde afɔre amuamu begu w’afɔremuka so. AWURADE, hyira n’ahonyade so, na ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre hyɛ no no dwonku, ne wɔn a wɔtan no, na wɔansɔre bio. Benyamin ho nso, ɔkae sɛ: AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo; ɔkata no so daa nyinaa, na ɔbɛtena ne mmati so. Na Yosef ho nso, ɔkae sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosu ne ebun a ɛtrɛw ase no de, ne owia mu nnɔbae nnepa, ne nea asram ma efifi mu nnepa, ne tete mmepɔw atifi ne daapem nkoko nnepa, ne asase ne ne mayɛ mu nnepa, ne nea ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ; wɔmma ɛmmra Yosef atifi, ne ne nuanom mu hotuafo no mpampam. Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no. Na Sebulon ho nso, ɔkae sɛ: Sebulon, ma w’ani nnye w’adifi mu, ne Isakar, wo ntamadan mu. Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔw no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre; na wobefew po mu mmoroso ne nwea mu ademude a ahintaw Na Gad ho nso, ɔkae sɛ: Nhyira ne nea ɔtrɛw Gad mu; obutuw hɔ sɛ gyatabere, ɔtetew basa ne mpampam; ɔno na ɔpaw nea eye no fae, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfo no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitiriw mu, ɔyɛ AWURADE treneede ne n’atemmude wɔ Israel. Na Dan ho nso, ɔkae sɛ: Dan yɛ gyataforo, ohuruw fi Basan. Na Naftali ho nso, ɔkae sɛ: Naftali a anisɔ amee no, na AWURADE nhyira ayɛ no ma, fa ɛpo ne ahohuru asase no di so Na Aser ho nso, ɔkae sɛ: Wɔmfa mma nhyira Aser, ɔnyɛ nea ɔsɔ ani ne nuanom mu, na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu. Dade ne kɔbere nyɛ w’adaban, sɛ wo nna te no, saa na w’ahotɔ nyɛ. Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam omununkum mu. Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na ase na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim, na waka sɛ: Dwerɛw wɔn. Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no, ne nko na ɔbɛtena, ɔbɛtena aburow ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosu. Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so. Na Mose fii Moab tataw mu foro kɔɔ Nebo bepɔw so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentenso, na AWURADE ma ohuu asase no nyinaa: Gilead de kosii Dan, ne Naftali nyinaa, ne Efraim ne Manase asase, ne Yuda asase nyinaa de kosii akyiri po no ho; ne nifa fam asase ne tataw a ɛyɛ nkyeresia kurow Yeriko bon no de kosii Soar. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Eyi ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefo na mede bɛma wɔn no: Na mama wode w’aniwa ahu, na ɔkɔ de, worenkɔ hɔ. Na AWURADE akoa Mose wui wɔ hɔ, Moab asase so, sɛnea AWURADE kae no. Na osiee no obon mu Moab asase so, Bet-peor ntentenso; na obiara nnim ne damoa de besi nnɛ. Na Mose wui no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu. N’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan. Na Israelfo suu Mose, Moab tataw mu adaduasa, na wodii Mose su ne ne gyam nna no wiei. Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ Mose de ne nsa guu no so; na Israelfo tiee no, na wɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na odiyifo bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE huu no mmɔanim, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade nyinaa a AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa, Misraim asase so no fam, ne nsa a ɛyɛ den nyinaa ne ahude akɛse nyinaa a Mose yɛe Israel nyinaa anim no mu. Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ: M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so. Baabiara a mo nan betia no, mo na mede mɛma mo, sɛnea meka mekyerɛɛ Mose no, efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye. Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo. Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi. Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye. Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye. Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa. Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfo no sɛ: Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so. Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo; mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuw ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo de, munni mo nuanom anim amia mu, akofofo nyinaa, na munni mmoa wɔn, nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no. Na wobuaa Yosua sɛ: Nea woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ. Sɛnea yetiee Mose, nsɛm nyinaa no, saa ara na yebetie wo; odi na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi, sɛnea odii Mose akyi no. Obiara a ɔbɛtew w’anom asɛm ho atua na ɔrentie wo nyɛ nea wobɛhyɛ yɛn nyinaa no, wonkum no. Den nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam. Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ. Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi. Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra. Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi; na esum durui a wɔrebɛto kurow pon no mu no, na mmarima no fii adi; minnim nea wɔkɔ: Muntiw wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn. Na ɔno de, na ɔde wɔn akɔ ɔdan atifi na ɔde wɔn akohintaw siwabiri a ɔde aboa ɔdan no atifi no ase. Na mmarima no tiw wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwae; na wɔn a wotiw wɔn no fii adi ara pɛ, na wɔtoo kurow pon no mu. Na wɔn de, wonnya nkɔdae no, ɔbea no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɔdan no atifi kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim. Na yɛate sɛnea mo Misraim fi mu no AWURADE maa Mmɛw-Po mu nsu yowee mo anim, ne nea moyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasaa no. Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam. Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne, na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammeanom ne nea wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na munyi yɛn mfi wu mu. Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu! Sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bedi no adɔe ne nokware so. Ɛnna ɔbea no de ntampehama twetwee wɔn faa mfɛnsere mu sisii fam, na ne dan si kurow no ho fasu so, na ɔfasu no so na ɔte. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔw so na monkɔ, na atiwfo no anto mo, na munhintaw hɔ nnansa nkosi sɛ atiwfo no bɛsan, na ɛno akyi no moakɔ mo kwan. Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yebedi bem afi ntam a woma yɛkae yi mu, hwɛ, sɛ yɛreba ase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ hama yi kyekyere mfɛnsere a wode yɛn faa mu sisii fam no mu, na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fi nyinaa ano wo nkyɛn wɔ ofie ha, na obiara a obefi adi afi wo fi pon ano akɔ abɔnten so no, ne mogya begu n’atifi, na yɛn de, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn ofie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi. Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yebedi bem afi wo ntam a woma yɛkae no ho. Na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ sɛnea mo nsɛm yi te. Na ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔe; na ɔde hama kɔkɔɔ no kyekyeree mfɛnsere no mu. Ɛnna wosiim koduu bepɔw no so, na wodii hɔ nnansa kosii sɛ atiwfo no sanee. Na atiwfo no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn. Na mmarima baanu no sian fii bepɔw no so, na wotwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no, na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim. Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae. Na nnansa wiee du no, ahwɛfo no kyinii nsra no mu kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri; nanso munsusuw ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ na moahu ɔkwan ko a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Montew mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu. Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi. Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu. Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Muntwiw mmra ha, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm. Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim. Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi mo anim akɔ Yordan mu. Na afei momfa mmarima dumien mfi Israel mmusuakuw no mu, abusuakuw biara mu nipa biako. Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ. Na ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu sɛ wɔrekotwa Yordan, na asɔfo a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim, na asɔfo a wɔso adaka no duu Yordan ano, na wɔn anan sii nsu no mu ara pɛ na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso. Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa. Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Munyiyi ɔman no mu mmarima dumien, abusuakuw biara mu onipa biako, na monhyɛ wɔn sɛ: Montase abo dumien mfi Yordan mfinimfini ha mfi nea asɔfo no anan gyinae pintinn hɔ, na momfa ntwa, na munkogyaw wɔ mo asoɛe a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi. Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a ɔpaw wɔn fii Israelfo mu no, abusuakuw biara mu onipa biako. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsen nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfinimfini, na montase abo mmiako mmiako mmobɔ mo kɔn ho, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na eyi ayɛ mo mu sɛnkyerɛnne. Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode abo yi kyerɛ dɛn a? Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsu no twae, AWURADE apam adaka no anim bere a apam adaka no twaa Yordan no, na abo yi nyɛ nkae mma Israelfo nkosi daa. Na Israelfo no yɛɛ saa, sɛnea Yosua hyɛe no, na wɔtasee abo dumien Yordan mu, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na wɔde twa baa wɔn asoɛe, na wogyawee wɔ hɔ. Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae. Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim. Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so. Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wosuroo no sɛnea wosuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hyɛ asɔfo a wɔso adanse adaka no, na wɔmforo mfi Yordan mu mmra. Na Yosua hyɛɛ asɔfo no sɛ: Momforo mfi Yordan mu mmra. Na asɔfo a wɔso AWURADE apam adaka no foro fii Yordan mu na asɔfo no anammɔn besii asase kesee so ara pɛ, na Yordan mu nsu no san baa n’afa, na ɛbɛsram ne kɔn so nyinaa sɛ ɛte kan no. Na ɔman no foro fii Yordan mu ɔsram a edi kan no da a ɛto so du, na wɔkɔbɔɔ nsra Gilgal, Yeriko apuei hye so. Na abo dumien a wɔtase fii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal. Na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Abo yi kyerɛ dɛn a? Ɛno na momma wonhu sɛ asase kesee so na Israel fae de twaa Yordan yi, sɛ AWURADE mo Nyankopɔn yow Yordan nsu no mo anim kosii sɛ mutwae, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛw-Po no a ɔyow no yɛn anim kosii sɛ yetwae no, na asase so aman nyinaa nhu AWURADE basa a emu yɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn nna nyinaa. Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim. Ɛbere no ara mu na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twɛrebo asekan, na san twitwa Israelfo no twetia a ɛto so abien. Na Yosua yɛɛ twɛrebo asekan de twitwaa Israelfo no twetia Aralot koko so. Na nea enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wofi Misraim bae no mu mmarima nyinaa, akofofo no nyinaa wuwui ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no. Na ɔman a wofi Misraim bae no nyinaa, wɔatwitwa wɔn twetia, nanso ɔman no a wɔwoo wɔn ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no nyinaa de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Na wɔn mma na ɔma wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, efisɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu. Na wowiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsra no mu kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mapirew Misraim nsopa afi mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Gilgal de besi nnɛ yi ara. Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so. Na Twam no adekyee no, da no ara na wodii asase no so aduan, apiti ne nkyewe, da a wodii asase no so aduan no, adekyee no ara, na mana no to twae. Na Israelfo no annya bi bio, afei wodii Kanaan asase no so nnɔbae afe no ara mu. Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa? Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa? Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa fi wo nan, na nea wugyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa. Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa. Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia. Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no. Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee. Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto nni AWURADE adaka no anim. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsen nkotwa kurow no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsen nni AWURADE adaka no anim. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfo baasɔn a wokurakura osebɔ ntorobɛnto no sen dii AWURADE anim na wɔhyɛn ntorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi. Na wɔn a wɔamia no dii asɔfo a wɔhyɛn ntorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no ara. Na ɔman no de, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm bi mmfi mo anom kosi da a mese mo sɛ mommɔ ose no ansa na mommɔ ose. Na AWURADE adaka no twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔbaa nsra mu bɛdaa hɔ. Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE adaka no; na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na da a ɛto so abien no, wotwaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan baa nsra no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia. Na da a ɛto so ason no, ade rekye pɛ, wotuaa ahema sɔree ntɛm, na wotwaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn asɔn; da no nko na wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason. Na nea ɛto so ason no so a asɔfo no rehyɛn ntorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, efisɛ AWURADE de kurow no ama mo. Na kurow no ne emu ade nyinaa nyɛ nea AWURADE de ne nsa ato so ama ɔsɛe; aguaman Rahab nko na onnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fi nyinaa, efisɛ ɔno na ɔde abɔfo a yɛsomaa wɔn no hintawee. Mo ho yiye ara na monhwɛ nea AWURADE de ne nsa ato so no ho, na moamfa bi, na moamfa Israel nsra no amfa nea AWURADE de ne nsa ato so no amma amane amma so. Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea. Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam burum, na ɔman no foro kɔɔ kurow no mu, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kurow no. Na wɔde nkrante sɛee nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi ne nguan ne mfurum. Na mmarima baanu a wɔkɔsraa ase no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbea aguaman no fi nkɔfa ɔbea no ne nea ɔwɔ nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no. Na mmerante akwansrafo no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne nea ɔwɔ nyinaa fi bae, na wɔde n’abusua nyinaa fii adi begyaw wɔn Israel nsra no akyi. Na kurow no de, wɔde ogya hyewee, ɛne nea ɛwɔ mu nyinaa; emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nko na wɔde beguu AWURADE fi adekorabea no mu. Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee. Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon. Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so. Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai. Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua. Na ɔman no mu bɛyɛ sɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim. Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa wɔn fii Ai kurow pon no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn nsianee no mu. Na ɔman no suroe, na wɔn abasa mu tui. Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi. Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara. Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka? Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no? Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, ɛdɛn nti na wode w’anim abutuw fam sɛɛ yi? Israel ayɛ bɔne, na wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyirade no bi nso, na wɔabɔ korɔn nso, na wɔasiw so nso, na wɔde asie wɔn ade mu nso. Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu. Sɔre tew ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ahyirade wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kosi sɛ mubeyi ahyirade no afi mo mu. Enti anɔpa, wɔmfa mo ntwiw mmɛn mmusuakuw mmusuakuw. Na abusuakuw a AWURADE bɛkyerɛ no, wontwiw mmɛn mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwiw mmɛn afi afi, na ofi a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwiw mmɛn mmiako mmiako. Na nea wɔbɛkyere no ahyirade no so no, wɔmfa ogya nhyew no ne nea ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseade Israel mu. Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel twiw bɛnee abusuakuw abusuakuw; na wɔkyeree Yuda abusuakuw. Na ɔde Yuda mmusua twiw bɛnee, na wɔkyeree Serahfo abusua. Na ɔde Serahfo abusua mu mmarima twiw bɛnee mmiako mmiako, na wɔkyeree Sabdi. Na ɔde ne fi mmarima twiw bɛnee mmiako mmiako, na wɔkyeree Serah ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu. Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so. Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokware, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛe. Mihuu asade no mu Sinear nguguso fɛfɛ bi, ne dwetɛ nnwetɛbona ahanu, ne sika nnaame biako a ano si nnwetɛbona aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam, me ntamadan mu, na dwetɛ no wɔ ase. Ɛnna Yosua somaa abɔfo, na wɔde mmirika kɔɔ ntamadan no mu, na hwɛ, ɛhyɛ ne ntamadan no mu, na dwetɛ no hyɛ ase. Na woyi fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa, na wɔde beguu AWURADE anim. Ɛnna Yosua faa Serah ba Akan, ne dwetɛ ne nguguso ne sika nnaame no, ne ne mmammarima ne ne mmabea, ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan, ne ne ntamadan ne nea ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka no ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bon mu. Na Yosua kae sɛ: Ɛdɛn na woahaw yɛn sɛɛ yi? AWURADE nso bɛhaw wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa siw no abo, na wɔde ogya hyew wɔn, na wɔde abo guu wɔn so. Na wɔhɔree no so abosiw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ ara. Na AWURADE dan fii n’abufuhyew no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bon de besi nnɛ ara. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa. Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo. Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛw kurow no, kurow no akyi noho; mommma mo ne kurow no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu. Na me de, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa betwiw abɛn kurow no; na sɛ wofi adi behyia yɛn sɛ kan no a, yebeguan afi wɔn anim; na wobefi adi adi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho; na wɔbɛka sɛ: Wɔreguan afi yɛn anim sɛ kan no; enti yebeguan afi wɔn anim. Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no. Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no. Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai. Na akofo dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wotwiw bɛnee, na woduu kurow no ntentenso, na wɔbɔɔ nsra Ai benkum fam, na obon wɔ wɔn ne Ai ntam. Na ɔde nnipa bɛyɛ sɛ mpemnum kɔtetɛw Betel ne Ai ntam, kurow no atɔe fam. Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kurow no benkum fam ne akyiri tɛwfo no a ɛwɔ kurow no atɔe fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ obon no mu anadwo no ara; na Ai hene hui no, ɔne ne man nyinaa ne kurow no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ nea wɔahyɛ hɔ, tataw no anim, sɛ wɔrebehyia Israel ne wɔn ako; nso na onnim sɛ wɔtɛw no kurow no akyi. Na Yosua ne Israel nyinaa ma wɔpam wɔn wɔn anim, na woguan faa sare so kwan so. Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ ɔman a wɔwɔ kurow no mu nyinaa sɛ wommetiw wɔn; na wotiw Yosua, na wɔtwee wɔn fii kurow no ho. Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfi adi ankodi Israel akyi; na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ kodii Israel akyi. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Teɛ peaw a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede mɛhyɛ wo nsa. Na Yosua teɛɛ ne peaw a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kurow no. Ɛnna atɛwfo no sɔree ntɛm fii wɔn afa hɔ, na ɔteɛɛ ne nsa no, wotutuu mmirika kɔhyɛn kurow no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kurow no mu. Na Ai mmarima no dannan wɔn ani hwɛɛ wɔn akyi no, na hwɛ, kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro, na wonnya ɔkwan nguan nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a woguan kɔɔ sare so no dannan wɔn ho behyiaa atiwfo no. Na Yosua ne Israel nyinaa hui sɛ atɛwfo no afa kurow no, na kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro no, wɔsan wɔn akyi bekunkum Ai mmarima no. Na eyinom nso fii adi fii kurow no mu behyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, eyinom wɔ ha, na eyinom nso wɔ ha; na wokunkum wɔn ara kosii sɛ wɔn mu nnikanfo anaa oguanfo biara anka. Na Ai hene no, wɔkyeree no animono, na wɔde no brɛɛ Yosua. Na Israel wiee Aifo nyinaa kum wɔ sare so petee mu, faako a wotiw wɔn no, na wɔn nyinaa totɔe nkrante ano kosii sɛ wɔsae no, Israel nyinaa san kɔɔ Ai, de nkrante kokunkum wɔn. Na nnipa a wɔtotɔe da no nyinaa, mmarima ne mmea, si mpem dumien, Aifo nyinaa. Na Yosua antwe ne nsa a ɔde teɛɛ ne peaw no de kosii sɛ wɔsɛee Aifo nyinaa pasaa. Kurow no mu mmoa ne asade nko na Israel fom fae, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no te no. Na Yosua hyew Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo siw de besi nnɛ. Na Ai hene no de, ɔsɛn no dua so kosii anwummere; na owia kɔtɔe no, Yosua hyɛe sɛ wonkoyi ne funu no mfi dua no so, na wɔde no too kurow no pon ano, na wɔhɔree no so abosiw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Ɛnna Yosua kosii afɔremuka maa AWURADE, Israel Nyankopɔn, Ebal bepɔw so, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfo no, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu no, afɔremuka a wɔde abo amuamu a obi mmaa dade so wɔ so pɛn asi; na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE, na wokunkum asomdwoe afɔre. Na abo no so hɔ na ɔkyerɛw Mose mmara ntimu a ɔkyerɛwee Israelfo anim no. Na Israel nyinaa ne wɔn mpanyimfo ne ahwɛfo ne wɔn atemmufo gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfo, Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔho ne ɔman ba nyinaa; wɔn fa wɔ Gerisim bepɔw ntentenso, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔw ntentenso, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛe sɛ wonhyira ɔman Israel kan no. Na ɛno akyi no, ɔkenkan mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛnea wɔakyerɛw nhoma no mu nyinaa. Nea Mose hyɛɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a, Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa, ne mmea, mmofra ne ɔhɔho a, ɔnam wɔn mu no anim. Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no, wobehyia boaa wɔn ho ano yɛɛ nokoro sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko. Na Gibeonfo tee nea Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no, wɔn de, wodii no nyansam, na wɔkɔpɛɛ akwansoduan, na wɔfaa mmɔtɔ adedaw de soasoaa wɔn mfurum, ne nsa nkotoku adedaw a asunsuane na wɔapompam. Na wɔde mpaboa adedaw a wɔasesa kyekyeree wɔn anan, na wɔhyehyɛɛ ntade agowagow, na wɔn akwansoduan nyinaa akyenkyen na agye ntuw. Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam? Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi? Na wose: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asase bi so aba, efisɛ yɛate ne nka ne nea ɔyɛe Misraim nyinaa, ne nea ɔyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbonhene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no. Na yɛn mpanyimfo ne yɛn asase no sofo nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduan na monkɔ nkohyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. Yɛn abodoo ni, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no ɔhyew de fii yɛn afi mu, sɛ yɛrebedi ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na agye ntuw. Na nsa nkotoku yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforo no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware nti yɛn ntade ne yɛn mpaboa yi asusuw. Na mmarima no faa wɔn akwansoduan no bi, na AWURADE anom asɛm de, wɔammisa. Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam. Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyi nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu. Na Israelfo no tui, na wɔkɔtoo wɔn nkurow da a ɛto so abiɛsa no; na wɔn nkurow ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim. Na Israelfo no ankum wɔn, efisɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ mmapɔmma no. Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn. Eyi na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuw amma yɛn so; na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafo ne nsusawfo mma asafo no nyinaa, sɛnea mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na modaadaa yɛn kae sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, na mote yɛn mu yi? Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafo ne nsusawfo a wɔbɛyɛ adwuma ama me Nyankopɔn fi no befi daa. Na wobuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofo nyinaa mfi mo anim, na mo nti yesuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yedii saa asɛm yi. Na afei, yɛn ni, yɛwɔ wo nsam, nea eye na ɛteɛ w’ani so a wobɛyɛ yɛn no, yɛ! Na ɔyɛɛ wɔn sa, na oyii wɔn fii Israelfo no nsam, na wɔankum wɔn. Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no wɔ faako a ɔbɛpaw, na saa na wɔyɛe ara, de besi nnɛ. Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, na sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso, ne sɛ Gibeonfo ne Israel adi asomdwoesɛm na wɔaba wɔn mu no, wosuroe papaapa, efisɛ Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ ahenni nkurow no bi, na ɛso sen Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima. Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ: Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yenkunkum Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo no akodi asomdwoesɛm. Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko. Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn. Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim. Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae. Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda. Na wɔreguan afi Israel anim na wokoduu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totow abo akɛse fi soro guguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui; wɔn a amparuwbo no kunkum wɔn dɔɔso sen wɔn a Israelfo no kunkum wɔn nkrante ano no. Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifo mae Israel anim no, na ɔkae Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsram, wɔ Ayalon bon mu. Na owia twɛnee, na ɔsram gyinae de kosii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfo so were. So wɔnkyerɛw eyi wɔ Yasser Nhoma no mu? Na owia gyinae ɔsoro fa, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu. Na ɛda bi mmae da sɛ ɛno nea aba pɛn, anaa nea ɛbɛba a AWURADE atie onipa nne, efisɛ AWURADE ko maa Israel. Na Yosua sanee ne Israel nyinaa baa Gilgal nsra no mu. Na ahene baanum yi guan kohintaw Makeda ɔbodan no mu. Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahu ahene baanum no sɛ wohintaw Makeda ɔbodan no mu. Na Yosua kae sɛ: Munkopirew abo akɛse nkata ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn. Na mo de, munnnyina hɔ, muntiw mo atamfo no, na munkum wɔn kyidɔm no; mommma wonnnu wɔn nkurow mu, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa. Na Yosua ne Israelfo no de okum kɛse pa kunkum wɔn wiei ma wɔsae, na nnipa a wofii mu no guanguan kɔhyɛnhyɛn nkurow a wɔatoto ho afasu mu no, na ɔman no nyinaa san baa nsra no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo; obiara amma n’ano anto Israelfo no. Na Yosua kae sɛ: Mummue ɔbodan no ano, na munyi ahene baanum no mfi ɔbodan no mu mmrɛ me. Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene. Na wɔde ahene yi fi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔka kyerɛɛ mmarima akofofo a wɔne no kɔe no asafohene no sɛ: Muntwiw mmra mfa mo nan mmesisi ahene yi kɔn so. Na wotwiw bae de wɔn anan besisii wɔn kɔn so. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa. Na ɛno akyi no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua anum so, na wɔsensɛn nnua no so kosii anwummere. Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe ma woyiyii wɔn fii nnua no so, na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a wokohintaw mu no mu, na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ yi ara. Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no. Ɛnna Yosua twaam fii Makeda kɔɔ Libna a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne Libna kɔkoe. Na AWURADE de ɛno ne emu hene nso hyɛɛ Israel nsa, na ɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ ne hene no sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no. Na Yosua twaam fii Libna kɔɔ Lakis a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔbɔɔ so nsra, na ɔne wɔn koe. Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae da a ɛto so abien no, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛnea ɔyɛɛ Libna no ara. Ɛno mu no Geser hene Horam foro bae bɛboaa Lakis. Na Yosua kum no ne ne man nyinaa a wamma obiara anka. Ɛnna Yosua twaam fii Lakis kɔɔ Eglon a Israel nyinaa ka ne ho, na wotuae, na wɔne wɔn koe. Na wɔfae da no ara, na wɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasaa sɛnea ɔyɛɛ Lakis no ara. Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe. Na wɔfae de nkrante kunkum wɔn ne emu hene ne wɔn nkurow no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; wamma obiara anka, sɛnea ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa. Ɛnna Yosua san baa Debir a Israel nyinaa ka ne ho, ne no bɛkoe. Na ɔfae, ɛne ne hene ne ne nkurow nyinaa, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka; sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene. Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔw no ne nifa fam ne po ho tataw so ne mmepɔw ase ne wɔn ahene nyinaa, wannyaw oguanfo biara, na ade biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasaa, sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, hyɛe no. Na Yosua kunkum wɔn fii Kades-barnea koduu Gasa, ne Gosen asase no nyinaa koduu Gibeon. Na ahene yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua fae prɛko, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ko maa Israel. Na Yosua san baa Gilgal nsra no mu a Israel nyinaa ka ne ho. Na Hasor hene Yabin tee no, ɔsoma kɔɔ Madon hene Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene nkyɛn, ne ahene a wɔwɔ benkum fam mmepɔw so, ne Kinerot nifa fam tataw so, ne po ho tataw so, ne Dor nkoko so, Atɔe po fam; Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn. Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara. Na ahene yi nyinaa behyiae, na wɔbae bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asu ho, sɛ wɔne Israel rebɛko. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew. Ɛnna Yosua ne akofo dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn so mpofirim, Merom asu no ano, bɛtoaa wɔn. Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi. Na Yosua yɛɛ wɔn sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no: Wɔn apɔnkɔ no, otwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde gya hyewee. Na Yosua sanee bere no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrante kum ne hene; na kan no na Hasor ne saa ahenni yi nyinaa ti. Na wɔde nkrante kunkum akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasaa, wɔannyaw biribiara a ɛhome, na ɔde gya hyew Hasor. Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no. Nanso nkurow a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehyew, gye Hasor nko na Yosua hyewee. Na nkurow yi mu asade nyinaa ne mmoa no, Israelfo no fom fae, na nnipa no de, wɔde nkrante kunkum wɔn kosii sɛ woguu wɔn ase dwerɛbee a, wɔannyaw biribiara a ɛhome. Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu. Na Yosua faa asase yi nyinaa: Mmepɔw no ne nifa nyinaa ne Gosen asase nyinaa, ne po ho tataw no, ne Araba so ne Israel mmepɔw ne ɛho asasetaw no; efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn. Nna bebree na Yosua ne saa ahene yi koe. Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo dii asomdwoesɛm, gye Hewifo a wɔte Gibeon no nko; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa. Na efi AWURADE, sɛ opirim wɔn koma sɛ wonkohyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasaa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Yosua bae bere no mu betwitwaa Anakfo no gui fii mmepɔw no so, fii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔw nyinaa ne Israel mmepɔw nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkurow nyinaa pasaa. Wɔannyaw Anakfo Israelfo no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kae. Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu. Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so: Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a odii hene fi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne subon no mfinimfini ne Gilead fa de kosi Yabok subon a ɛne Amonfo hye no ano, ne Araba so de kosi Kinerot po no ano apuei fam, na ɛde kosi Araba so po no a ɛne Nkyene-Po no ano, apuei Bet-yesimot kwan so, ne nifa fam Pisga bepɔw ase no; ne Basan hene Og a ofi abran akɛse a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no. Na odii hene Hermon bepɔw so ne Salka ne Basan nyinaa de kosi Gesurfo ne Maakatfo hye so, ne Gilead fa, Hesbonhene Sihon hye ho. AWURADE akoa Mose ne Israelfo no kaa wɔn gui, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no ma wodii so. Na eyinom ne asase no so ahene a Yosua ne Israelfo kunkum wɔn Yordan agya atɔe fam, fi Baal-gad a ɛda Lebanon bon no mu de kosi bepɔw a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw sɛ wonni so, sɛ wɔn nkyekyem no te, mmepɔw no so ne po ho asasetaw so ne Araba so ne mmepɔw no ase ne sare no so ne nifa no: Hetifo, Amorifo ne Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase no. Yeriko hene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, Gesar hene, Debir hene, Geder hene, Horma hene, Arad hene, Libna hene, Adulam hene, Makeda hene, Betel hene, Tapua hene, Hefer hene, Afek hene, Saron hene, Madon hene, Hasor hene, Simron-meron hene, Aksaf hene, Taanak hene, Megido hene, Kedes hene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene, Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene, Tirsa hene, ahene no nyinaa ano si aduasa biako. Na Yosua abɔ akora na wadi mfe pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfe pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree. Asase a aka no ni: Filistifo nsaase nyinaa ne Gesur nyinaa; ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam; Kanaanfo asase no nyinaa, ne Meara a ɛyɛ Sidonfo de no de kosi Afek kodu Amorifo hye so; ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam; wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no. Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuw akron ne Manase abusuakuw fa no agyapade. Ne fa nso ne Rubenfo ne Gadfo anya wɔn agyapade a Mose de maa wɔn Yordan agya apuei no, sɛnea AWURADE akoa Mose de maa wɔn no, efi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho ne kurow a ɛda subon no mu no, ne Medeba asasetaw no nyinaa kosi Dibon, ne Amorifo hene Sihon a odii hene Hesbon no nkurow no de kosi Amonfo hye so, ne Gilead ne Gesurfo ne Maakatfo asase, ne Hermon bepɔw nyinaa ne Basan nyinaa de kosi Salka; Og a odii hene wɔ Astarotne Edrei ahenni a ɛwɔ Basan no nyinaa, ɔno na ɔkae abran akɛse no nkae no mu, na Mose kum wɔn na ogyee wɔn nsaase no. Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo, na Gesurfo ne Maakatfo no tenaa Israel mu de besi nnɛ. Lewi abusuakuw no nko na wamma wɔn agyapade, AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔre so ade no, ɛno ne n’agyapade, sɛnea ɔka kyerɛɛ no no. Na Mose maa Ruben mma abusuakuw no sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye no fi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho, ne kurow a ɛda subon no mu, ne Medeba ho asasetaw no nyinaa. Hesbon ne ne nkurow a ɛdeda asasetaw no so nyinaa; Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon, ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat, ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, obon no mu bepɔw so, ne Bet-Peor ne Pisga bepɔw ase ne Bet-yesimot, asasetaw no so nkurow no nyinaa; ne Amorifo hene Sihon a odii hene Hesbon no ahenni nyinaa; ɔno na Mose kum no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no so no. Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfo no nso, Israelfo de nkrante kum no fraa atɔfo no mu. Na Ruben mma no hye ne Yordan ne ɛho hye. Eyi ne Ruben mma no agyapade sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa. Na Mose maa Gad abusuakuw Gadfo, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye ne Yaser ne Gilead nkurow no nyinaa, ne Amonfo asase fa, de kosi Aroer a ɛda Raba anim no, na efi Hesbon de kosi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde fi Mahanaim de kosi Debir hye so; ne obon no mu: Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbonhene Sihon ahenni no nkae, Yordan ne ɛho hye, de kosi Kineret po no awiei, Yordan agya apuei. Eyi ne Gadfo agyapade sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa. Na Mose maa Manase abusuakuw fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuw fa no de sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye fi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahenni nyinaa ne Yair nkurow a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkurow aduosia; ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahenni nkurow a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa no dea, sɛ wɔn mmusua te. Eyi ne agyapade a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab tataw so, Yeriko, Yordan agya apuei. Na Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade bi, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapade, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no. Na eyi ne Israel agyapade a wonyae Kanaan asase so a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw mu agyanom so atitiriw no kyekyɛ maa wɔn, wɔn agyapade a ɛnam ntontobɔ so, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe sɛ wɔmma mmusuakuw akron ne fa no. Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no agyapade wɔ Yordan agya, na Lewifo de, wamma wɔn agyapade bi wɔ wɔn mu. Na Yosef mma yɛ mmusuakuw abien, Manase ne Efraim, na wɔamma Lewifo no kyɛfa bi asase no so, gye nkurow a wɔbɛtena mu ne ɛho mfikyisaase ma wɔn mmoa ne wɔn nneɛma. Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo yɛe, na wɔkyɛɛ asase no mu. Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no. Midii mfirihyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me fi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesan mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛnea ɛwɔ me koma mu. Na me nuanom a wɔne me foro kɔɔ no maa ɔman no koma tui, na me de, me koma nyinaa midii AWURADE me Nyankopɔn akyi. Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapade daa, efisɛ wode wo koma nyinaa adi AWURADE wo Nyankopɔn akyi. Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛnea ɔkaa no, mfirihyia aduanan anum yi, efi bere a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose, bere a Israel nam sare so no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirihyia aduɔwɔtwe anum. Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ ara, sɛnea mete da a Mose somaa me no; sɛnea m’ahoɔden te da no, saa ara na ɛte nnɛ ma ɔko ne adifi ne emuba. Na afei fa bepɔw yi a AWURADE kaa ho asɛm da no ma me, efisɛ da no ara, wotee sɛ Anakfo ne nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu wɔ hɔ; ebia AWURADE bedi m’akyi na matu wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapade. Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapade de besi nnɛ, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii AWURADE, Israel Nyankopɔn no akyi. Nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba; Arba yi ne Anakfo mu nipa kɛse koraa. Na asase no so dwoe fii akodi no mu. Na Yudafo abusuakuw ntonto, sɛ wɔn mmusua te no, ɛtɔɔ Edom hye ho koduu Sin sare so, wɔ nifa fam asase a ɛyɛ nifa hye no awiei so. Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano. Na ɛnam Akrabim aforoee nifa fam sen kɔ Sin, na ɛforo kɔ nifa fam wɔ Kades-barnea, na etwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka. Na etwam kɔ Asmon, na ekopue Misraim subon no ano, na ɛkɔpem mpoano. Eyi nyɛ mo nifa fam hye. Na apuei hye ne Nkyene-Po no de besi Yordan awiei. Na benkum fam hye no fi Nkyene-Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awiei no ho. Na ɔhye no foro kosi Bet-hogla, na ɛsen fa Bet-araba benkum fam, na ɔhye no foro kosi Ruben ba Bohan bo no ho; na ɔhye no fi Akor bon no mu foro kɔ Debir, na ɛdan kɔ benkum fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoee a ɛwɔ subon no nifa fam ntentenso no. Na ɔhye no twam fa En-semes nsu no ano, na ɛkɔpem En-rogel. Na ɔhye no foro fa Hinom ba bon no mu, Yebusifo nkyɛn mu nifa fam, ɛne Yerusalem; na ɔhye no foro kɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon no ntentenso wɔ atɔe wɔ Refaim bon no benkum fam awiei no atifi. Na ɔhye no hima fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti no ho, na efi hɔ kɔ Efron bepɔw so nkurow ho, na ɔhye no hima kɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim. Na ɔhye no kɔntɔn fi Baala kɔ atɔe, Seir bepɔw ho, na ɛsen kɔ Har-yearim, ɛne Kesalon, nkyɛn mu wɔ benkum fam; na esian kɔ Bet-semes, na ɛsen kɔ Timna; na ɔhye no fi kɔ Ekron nkyɛn mu benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ Sikron, na etwam kɔ Baala bepɔw no so, na efi kɔ Yabneel, na ɔhye no kɔpem po no ano. Na atɔe hye no ne Po Kɛse no ne ɛho hye. Eyinom ne Yuda hye a atwa ahyia, sɛ wɔn mmusua te. Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron. Na Kaleb tuu Anak mma baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefo. Na ofi hɔ foro kɔɔ Debirfo ho; nso kan no na Debir din ne Kiriat-sefer. Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware. Ɛnna Kaleb ne nua Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware. Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, Otniel ka kyerɛɛ Aksa sɛ ommisa n’agya [Kaleb] hɔ asase bi; na ɔbea no fi n’afurum so sii fam; na Kaleb bisaa no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛde bi ɛ, na nifa asase na wode ama me nti, ma me mmasu nso. Na ɔmaa no atifi mmasu ne anafo mmasu. Eyi ne Yuda mma abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te. Na Yudafo abusuakuw no nkurow a ɛdeda nifa fam pɛɛ de rekɔ Edom hye so ne: Kabseel ne Eder ne Yagur, ne Kina ne Dimona ne Adada, ne Kedes ne Hasor ne Itnan, Sif ne Telem ne Bealot, ne Hasor-hadata ne Keriot, Hesron, ɛne Hasor, Amam ne Sema ne Molada, ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet, ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa, Baala ne Iyim ne Esem, ne Eltolad ne Kesil ne Horma, ne Siklag ne Madmana ne Sansana, ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa si nkurow aduonu akron ne ɛho nkuraa. Po ho tataw no so de ne: Estaol ne Sora ne Asna, Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam, Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, ne Dilean ne Mispe ne Yokteel, Lakis ne Boskat ne Eglon, ne Kabon ne Lahmas ne Kitlis, ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa. Libna ne Eter ne Asan, ne Yifta ne Asna ne Nesib, ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkurow akron ne ɛho nkuraa. Ekron ne ɛho nkurow ne nkuraa, efi Ekron de kosi po fam nea ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa. Asdod, ɛho nkurow ne nkuraa, Gasa, ɛho nkurow ne nkuraa de kosi Misraim subon no ano, ne Po Kɛse ne ɛho hye. Na mmepɔw so de ne: Samir ne Yatir ne Soko, ne Dana ne Kiriat-sana a ɛne Debir, ne Anab ne Estemo ne Anim, ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkurow dubiako ne ɛho nkuraa. Arab ne Duma ne Esan, ne Yanum ne Bet-apua ne Afeka, ne Humta ne Kiriat-arba a ɛne Hebron, ne Sior: Nkurow akron ne ɛho nkuraa. Maon, Karmel ne Sif ne Yuta, ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, Kain, Gibea ne Timna: Nkurow du ne ɛho nkuraa. Halhul, Bet-sur ne Gedor, ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkurow asia ne ɛho nkuraa. Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim ne Raba: Nkurow abien ne ɛho nkuraa. Num so de ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka, ne Nibsan ne Ir-hamela ne En-gedi: Nkurow asia ne ɛho nkuraa. Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ. Na nea ntonto no yi maa Yosef mma no fi Yeriko Yordan ano, Yeriko asu no apuei, sare a efi Yeriko foro kɔ Betel bepɔw so no; na efi Betel de kɔ Lus, na etwam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot, na esian kɔ atɔe, Yafletifo hye ho de kosi anafo Bet-horon hye so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano. Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapade. Na Efraimfo hye, sɛ wɔn mmusua te, ni: Wɔn agyapade hye ne Atarot-adar apuei de kosi atifi wɔ Bet-horon; na ɔhye no fi kɔ atɔe wɔ Mikmetat, benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ apuei wɔ Taanat-silo, na etwa ho kɔ Yanoa apuei, na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano. Ɔhye no fi Tapua kɔ atɔe kosi Kana subon mu, na ɛkɔpem mpoano. Eyi ne Efraimfo abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te; ne nkurow a woyiyi maa Efraimfo wɔ Manasefo agyapade mu no, nkurow no nyinaa ne ɛho nkuraa. Nanso wɔantu Kanaanfo a wɔte Geser no, na Kanaanfo no atena Efraim mu ayɛ nkoa de abesi nnɛ. Na ntonto no yii Manase abusuakuw de, efisɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, efisɛ ɔyɛ dɔmmarima. Na eyii Manase asefo a aka no de, sɛ wɔn mmusua te: Abieser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida asefo. Eyinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛ wɔn mmusua te. Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmabea na ɔwɔ. Na eyinom ne ne mmabea no din: Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkae sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anom asɛm no so maa wɔn agyapade wɔn agya nuanom no mu. Na Manase nkyekyem a onyae no si du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no. Na Manase mmabea no nyaa agyapade ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkae no de. Na Manase hye no fi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apuei no, na ɔhye no kɔ nifa, En-tapuafo no ho. Tapua asase no yɛɛ Manase de, na Tapua kurow a ɛwɔ Manase hye so no yɛɛ Efraimfo de. Na ɔhye no sian kɔ Kana subon no ho, subon no nifa. Ɛhɔ nkurow a ɛyɛ Manase nkurow no yɛɛ Efraim de. Na Manase hye no wɔ subon no benkum fam, na ano kɔka mpoano. Nifa fam asase no yɛɛ Efraim de, na benkum fam de yɛɛ Manase de, na po no ne ɔhye. Na wɔne Aser bɔɔ ɔhye benkum fam, na wɔne Isakar bɔɔ apue fam. Na nkurow a Manase nyae Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkurow, ne Yibleam ne ɛho nkurow, ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkurow, ne En-dorfo ne ɛho nkurow, ne Taanakfo ne ɛho nkurow, ne Megidofo ne ɛho nkurow, nkoko abiɛsa so amantow no. Nanso Manase mma antumi antu nkurow no mufo, na Kanaanfo no pɛɛ asase no so tena. Na Israelfo ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no maa ɔsom adwuma, yii tow, na mmom, otu de wɔantu wɔn korakora. Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Efi dɛn so na woma me agyapade ntonto biako ne susuhama biako? Na me de, meyɛ ɔman kɛse, efisɛ AWURADE ahyira me de abedu sesɛɛ. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛse a, foro kɔ kwae no mu kobu hɔ fa, Perisifo ne abran akɛse no asase so, efisɛ wonsen Efraim mmepɔw so. Na Yosef asefo no kae sɛ: Bepɔw no nso yɛn, nso Kanaanfo a wɔte tataw mu hɔ nyinaa wɔ dade nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkurow mu ne wɔn a wɔte Yesreel bon no mu nyinaa. Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fi, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛse ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛse, ɛnyɛ ntonto biako pɛ na wubenya, na mmom bepɔw no nyɛ wo de; ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, kosi nea ano bɛka; na Kanaanfo no, sɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfo po a, wubetu wɔn. Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim. Na aka Israelfo mu mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ agyapade mmaa wɔn. Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? Muntu abusuakuw biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkokyin asase no so, na wɔnkyerɛw ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade, na wɔmmra me nkyɛn. Na monkyekyɛ mu nkyekyem ason. Yuda nnyina ne hye so nifa fam, na Yosef fi nnyina wɔn hye so benkum fam. Na monkyerɛw asase no nkyekyem ason no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha. Na Lewifo de wɔrenya mo mu kyɛfa bi, efisɛ AWURADE asɔfodi no ne wɔn agyapade; na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn agyapade, Yordan agya apuei a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no. Ɛnna mmarima no sɔre kɔe; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔkyerɛw asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkokyin asase no so na monkyerɛw ho asɛm, na monsan mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. Na mmarima no siim kɔe kɔfaa asase no so, na wɔkyerɛw no sɛnea nkurow no tetee nkyekyem ason de hyɛɛ nhoma bi so, na wɔsan baa Yosua nkyɛn Silo nsra mu. Na Yosua twee ntonto maa wɔn, AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfo sɛ wɔn nkyekyem te. Na Benyaminfo abusuakuw ntonto bae sɛ wɔn mmusua te; na wɔn ntonto no hye fi Yuda mma ne Yosef mma ntam. Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so. Na ɔhye no fi hɔ sen fa nifa fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel nkyɛn mu, na ɔhye no sian kɔ Atarot-adar, bepɔw a ɛda anafo Bet-horon nifa fam no so. Na ɔhye no hima na ɛkɔntɔn kɔ atɔe fam fa bepɔw a ɛda Bet-horon anim nifa fam no, na ano kodu Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim, Yudafo kurow bi. Atɔe fam de ne no. Na nifa fam de fi Kiriat-yearim kurotia, na ɔhye no fi kɔ atɔe, na efi kɔ Neftoa asuti ho. Na ɔhye no sian kɔ bepɔw a ɛda Hinom ba bon anim a ɛwɔ Refaim bon mu benkum fam no ano noho, na esian Hinom bon no kɔ Yebusifo nifa fam nkyɛn mu, na esian kɔ En-rogel ho. Na ehima kɔ benkum fam, na efi kɔ En-semes, na efi kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoee no ntentenso, na esian kɔ Ruben ba Bohan bo no ho. Na etwam fa benkum fam nkyɛn mu Araba ntentenso, na esian kɔ Araba. Na ɔhye no twam kɔ Bet-hogla benkum fam nkyɛn mu, na ano kodu Nkyene-Po benkum fam dɔnnɔn no ho, Yordan nifa fam awiei. Eyi ne nifa fam hye. Na Yordan ne n’apuei fam hye. Eyi ne Benyaminfo agyapade sɛ n’ahye te hyia sɛ wɔn mmusua te. Na Benyaminfo abusuakuw, sɛ wɔn mmusua te no, nkurow ni: Yeriko, Bet-hogla ne Emek-kesis, Bet-araba, Semaraim ne Betel, Awim, Para ne Ofra, Kefar-amonai, Ofni ne Geba: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa. Gibeon, Rama ne Beerot, Mispe, Kefira ne Mosa, ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala, ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te. Na ntonto a ɛto so abien no ba maa Simeon, Simeonfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn agyapade da Yudafo agyapade ntam. Na nea wonyae wɔn agyapade mu ne Beer-seba ne Seba ne Molada, Hasar-sual, Bala ne Esem, ne Eltolad ne Betul ne Horma, Siklag, Bet-markabot ne Hasar-susa, Bet-lebaot ne Saruhen: Nkurow dumiɛnsa ne ɛho nkuraa. Ain, Rimon ne Eter ne Asan: Nkurow anan ne ɛho nkuraa; ne nkuraa a ɛdeda nkurow yi ho hyia de kosi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda nifa. Eyi ne Simeon mma abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te. Yudafo kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfo agyapade, efisɛ Yudafo kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfo nyaa agyapade wɔn agyapade no mu. Na ntonto a ɛto so abiɛsa no maa Sebulonfo, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn agyapade hye koduu Sarid. Na wɔn hye no foro kɔ atɔe wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subon a ɛwɔ Yokneam apuei fam no ano. Na ɛsan fi Sarid kɔ anim owiapuei de kɔ Kislot-abor hye so na efi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia. Na efi hɔ twam kɔ apuei de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na efi Rimon a ehima de kɔ Nea. Na ɔhye no kɔntɔn kɔ benkum fam de kɔ Hanaton, na ano kodu Yifta-el bon no mu; ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa. Eyi ne Sebulon mma agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa. Ntonto a ɛto so anan no yi maa Isakar, Isakarfo no, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye kɔɔ Yesreel ne Kesulot ne Sunem, Hafraim, Sihon ne Anaharat, ne Rabit ne Kision ne Abes, ne Remet ne En-ganim ne En-hada ne Bet-pases. Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa. Eyi ne Isakarfo abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa. Na ntonto a ɛto so anum no yi maa Aserfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye ne Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, ne Alamelek, Amad ne Misel, na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔe, ne Sihor-libnat. Na ɛsan kɔ owiapuei de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bon mu, Bet-emek ne Neiel benkum fam, na efi kɔ Kabul benkum fam, ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse. Na ɔhye no dan kɔ Rama kodu kurow dennen Tiro, na ɔhye no dan kɔ Hosa, na ano kɔpem po no Aksib fam, ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkurow aduonu abien ne ɛho nkuraa. Ɛno ne Aserfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa. Naftalifo na ntonto a ɛto so asia no ba maa wɔn, Naftalifo no, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn hye fi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan. Na ɔhye no dan kɔ atɔe wɔ Asnot-abor, na efi hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon nifa fam, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ apuei, Yordan ano. Na nkurow a wɔatoto ho afasu ni: Sidim, Ser ne Hamat, Rakat ne Kineret, ne Adama ne Rama ne Hasor, ne Kedes ne Edrei ne En-hasor, ne Yiron ne Migdal-el, Horem ne Bet-anat ne Bet-semes: Nkurow dunkron ne ɛho nkuraa. Eyi ne Naftalifo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa. Dan mma abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te na ntonto a ɛto so ason no ba maa wɔn. Na wɔn agyapade hye ne: Sora ne Estaol ne Ir-semes, ne Saalabin ne Ayalon ne Yitla, ne Elon ne Timna ne Ekron, ne Elteke, Gibeton ne Baalat, ne Yehud ne Bene-berak ne Gat-rimon, ne Me-yarkon ne Rakon, ɛne Yafo anim hye no. Na Danfo fii hɔ konyaa ɔhye foforo bi, na Danfo no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante sɛee no, na wodii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛ wɔn agya Dan din te. Ɛno ne Danfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa. Na wowiee asase no mu kyɛ sɛ n’ahye no te no, Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mu: Sɛnea AWURADE hyɛɛ no, wɔmaa no kurow a obisae no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔw so, na ɔkyekyee kurow no tenaa mu. Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom mu atitiriw no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na wowiee asase no mu kyɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Munyi guankɔbea nkurow a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, na onipakumfo a obekum obi nsapa mu anaa wammoapa no nguan nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo guankɔbea mfi mogya ho werefo nsam. Na nea oguan kɔ saa nkurow yi bi mu no nnyina kurow no pon ano, na ɔnka ne nsɛm no ngu kurow no mu mpanyimfo asom, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kurow no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena. Na sɛ mogya ho werefo no tiw no ba a, wɔmmfa onipakumfo no nnhyɛ ne nsa, efisɛ onnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso bere a atwam no, na ɔntan no. Na ɔntena nkurow no mu nkosi sɛ obegyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, nkosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ so saa bere no bewu; ɛno ansa na onipakumfo no nsan nkɔ ne kurom ne ne fi, na ɔnkɔ kurow a ofi hɔ guanee no mu. Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so. Na Yordan agya, Yeriko apuei nso woyii Beser, sare so asasetaw so de fii Ruben abusuakuw mu, ne Ramot wɔ Gilead de fii Gad abusuakuw mu, ne Golan wɔ Basan de fii Manase abusuakuw mu mae. Eyinom ne nkurow a woyiyi totoo hɔ maa Israelfo nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a okum ɔkra bi nsapa mu no nguan nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefo nsam, akosi sɛ obegyina asafo no anim. Na Lewifo agyanom atitiriw baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom atitiriw nkyɛn, na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛe sɛ wɔmma yɛn nkurow ntena mu, ne ɛho mfikyisaase mma yɛn mmoa. Na Israelfo de wɔn agyapade mu nkurow yi ne ɛho mfikyisaase maa Lewifo, sɛnea AWURADE hyɛe no. Na ntonto no bae maa Kehatfo mmusua, na ɔsɔfo Aaron mma a wofi Lewifo mu no nam ntonto so nyaa Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw ne Benyamin abusuakuw mu nkurow dumiɛnsa. Na Kohatfo a wɔkae no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuw mmusua ne Dan abusuakuw ne Manase abusuakuw fa no mu nkurow du. Na Gerson mma nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuw mmusua ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Basan no mu nkurow dumiɛnsa. Merari mma, sɛ wɔn mmusua te no, wonyaa Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw mu nkurow dumien. Na Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho mfikyisase maa Lewifo, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no. Na wɔde Yudafo abusuakuw ne Simeonfo abusuakuw mu nkurow a wɔbɛbobɔ din yi mae. Na ɛba maa Aaron mma a wofi Kehatfo mmusua mu, Lewifo mu no, efisɛ wɔn de ne ntonto a edi kan no. Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn. Na kurow no ho mfuwa ne nkuraa no de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ agyapade. Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Hebron ne ɛho mfikyisase maa wɔn, ne Libna ne ɛho mfikyisase, ne Yatir ne ɛho mfikyisase, ne Estemoa ne ɛho asase, ne Holon ne ɛho asase, ne Debir ne ɛho asase, ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuw abien yi mu nkurow akron. Na Benyamin abusuakuw mu de, wɔde Gibeon ne ɛho mfikyisase ne Geba ne ɛho asase, ne Anatot ne ɛho asase ne Almon ne ɛho asase mae: Nkurow anan. Aaron mma asɔfo no nkurow nyinaa si nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase. Na Kohat mma Lewifo no, Kohat mma nkae no mmusua no, wɔn ntonto nkurow fii Efraim abusuakuw mu. Wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Sekem ne ɛho mfikyiase maa wɔn, Efraim bepɔw so, ne Geser ne ɛho mfikyisase, ne Kibsaim ne ɛho asase, ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Dan abusuakuw mu: Elteke ne ɛho mfikyisase, Gibeton ne ɛho asase, Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Manase abusuakuw fa no mu: Taanak ne ɛho mfikyisase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow abien. Nkurow a ɛyɛɛ Kehat mma nkae no mmusua no de nyinaa si nkurow du ne ɛho mfikyisase. Na Gerson mma a wofi Lewifo mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuw fa no mu nnipakumfo guankɔbea kurow Golan wɔ Basan, ne ɛho mfikyisase, ne Beestra ne ɛho asase: Nkurow abien; ne Isakar abusuakuw mu: Kision ne ɛho mfikyisase, Daberat ne ɛho asase, Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Aser abusuakuw mu: Misal ne ɛho mfikyisase, Abdon ne ɛho asase, Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Naftali abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkurow abiɛsa. Gersonfo nkurow nyinaa, sɛ wɔn mmusua te no, esi nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase. Na Merari mma, Lewifo nkae no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuw mu: Yokneam ne ɛho mfikyisase, Karta ne ɛho asase, Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Ruben abusuakuw mu: Beser ne ɛho mfikyisase, Yahas ne ɛho asase, Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkurow anan; ne Gad abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mfikyisase, Mahanaim ne ɛho asase, Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkurow anan. Merari mma mmusua horow a wɔaka Lewifo mmusua mu no nkurow nyinaa, wɔn ntonto de ne nkurow dumien. Lewifo nkurow a wonyae Israelfo agyapade mu no nyinaa si nkurow aduanan awotwe ne ɛho mfikyisase. Nkurow yi mu biara wɔ mfikyisase a atwa ho ahyia, saa na ɛte nkurow yi nyinaa ho. Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so tenaa so. Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu. Ɛnna Yosua frɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo de, moadi nea AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no nyinaa so, na moatie me, nea mehyɛɛ mo no nyinaa mu. Moannyaw mo nuanom nna dodow yi de abedu nnɛ da yi, na moahwɛ AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm no adi so. Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, mo agyapade asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so. Na mo ho yiye nko na monhwɛ, na munni ahyɛde ne mmara a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no so, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn, na monnantew n’akwan nyinaa so, na mummu ne mmara nsɛm, na momfam ne ho na monsom no mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa mu. Na Yosua hyiraa wɔn, na ogyaa wɔn kwan, na wosiim kɔɔ wɔn ntamadan mu. Na Manase abusuakuw fa no, Mose de wɔn de maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn de maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔe hɔ. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nneɛma bebree nsan nkɔ mo ntamadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne dade ne ntama bebree pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfo asade no mu. Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no fii Israelfo no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so san wɔn akyi sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodi asase a wɔnam AWURADE ahyɛde a ɛnam Mose so no so de maa wɔn no. Na woduu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase so no so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka hɔ wɔ Yordan ano, afɔremuka a wohwɛ a, ɛso. Na Israelfo no tee sɛ wɔka sɛ: Hwɛ, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no asi afɔremuka wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfo de no so. Na Israelfo no tee no, wɔboaboaa Israelfo asafo no nyinaa ano Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa. Na Israelfo no somaa ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas kɔɔ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuw no mu biara mu bapɔmma biako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanyimfi ti, Israel mpem no mu. Na woduu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasae sɛ: Sɛ AWURADE asafo no nyinaa se ni: Ɔfom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadan mo ho afi AWURADE akyi, na moasi afɔremuka afa, na moatew AWURADE anim atua nnɛ yi! So Peor mfomso a yennya nnwiraa yɛn ho mfii mu de besi nnɛ yi na ɔhaw baa AWURADE asafo so no nnɔɔ yɛn so? Na mo de, nnɛ moresan afi AWURADE akyi? Na moretew AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa. Nanso sɛ mo sodi asase no ho agu fi a, ɛnne muntwa mmra AWURADE sodi asase a AWURADE tenabea si hɔ no so na mommɛfa asase nni so wɔ yɛn mu; na AWURADE anim atua na monntew, na yɛn anim atua nso monntew, mo afɔremuka a musi kaa AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no ho mu. So ɛnyɛ Serah ba Akan na ɔfomee ahyirade no mu, na abufuw baa Israel asafo no nyinaa so? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛee, ne mfomso no mu. Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no gyee so ka kyerɛɛ Israel mpem mu atitiriw no sɛ: AWURADE, Otumfo Nyankopɔn, ɔno na onim, na Israel nso: Nhu sɛ yɛyɛɛ no atuatew mu anaa AWURADE fom mu, yɛyɛe a, nnye yɛn nkwa nnɛ! Sɛ yesii afɔremuka sɛ yɛresan afi AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoe afɔre a, ɛnne AWURADE mmebisa yɛn. Na ɛyɛ osuro ne asɛm bi nti na yɛyɛɛ saa, efisɛ yese: Ɔkyena bi mo mma bɛka akyerɛ yɛn mma sɛ: Ɛdɛn na mo ne AWURADE Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ? Na ɔhye na AWURADE de Yordan yɛɛ yɛn ne mo Rubenfo ne Gadfo ntam, munni kyɛfa bi wɔ AWURADE mu. Na mo mma bɛma yɛn mma agyae AWURADE suro. Enti na yɛkae sɛ: Momma yensi afɔremuka mfa, ɛnyɛ ɔhyew afɔre na ɛnyɛ okum afɔre nti, na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awo ntoatoaso a wɔbɛba yɛn akyi no ntam adanse sɛ yɛde yɛn hyew afɔre ne yɛn kum afɔre ne yɛn asomdwoe afɔre bɛsom AWURADE som no, n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Munni AWURADE mu kyɛfa bi! Na yese: Sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awo ntoatoaso saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔremuka no sɛso a yɛn agyanom yɛe, ɛnyɛ ɔhyew afɔre nti, na ɛnyɛ okum afɔre nti, na ɛne yɛn ne mo ntam dansefo. Eyi mpare yɛn sɛ yɛbɛtew AWURADE anim atua, na yɛadan yɛn ho nnɛ afi AWURADE akyi, na yɛasi afɔremuka abɔ so ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne okum afɔre aka AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka a ɛwɔ ne tenabea no anim no ho. Na ɔsɔfo Pinehas ne asafo no mmapɔmma ne Israel mpem atitiriw a wɔka ne ho no tee nsɛm a Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo no kaa no, ɛsɔɔ wɔn ani. Na ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa ɔfom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfo AWURADE nsam. Ɛnna ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas ne mmapɔmma no san wɔn akyi fii Rubenfo ne Gadfo no nkyɛn, Gilead asase so, baa Kanaan asase so Israel mma no nkyɛn, na wɔbɛbɔɔ wɔn amanneɛ. Na asɛm no sɔɔ Israelfo ani, na wohyiraa Israelfo Nyankopɔn no; na wɔanka bio sɛ wɔretu wɔn so sa akɔsɛe asase a Rubenfo ne Gadfo te so no. Na Rubenfo ne Gadfo no too afɔremuka no din: Adanse, efisɛ wose: Ɛyɛ yɛn ntam dansefo sɛ AWURADE ne Nyankopɔn. Nna pii akyi no, AWURADE maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam, saa bere no na Yosua abɔ akora, na wadi nna bebree no, Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii. Na mo nso moahu nea AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi mo anim na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo. Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa agu no nyinaa mu mama mo, sɛ mo mmusuakuw nni so; efi Yordan ano, kodu Po Kɛse no ho, atɔe fam. Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na obesunsum wɔn afi mo anim na obetu wɔn afi mo anim sɛ munni wɔn asase so, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no. Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu nyinaa, na moamman amfi ho ankɔ nifa anaa benkum, na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn, na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛnea moayɛ de abedu nnɛ yi. Na AWURADE atu amanaman akɛse a wɔn ho yɛ den afi mo anim, na mo de, obi nnyinaa mo anim de abesi nnɛ. Mo mu biako bɛpam nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. Enti monhwɛ mo ho yiye, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn. Na sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata amanaman yi nkae a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayeware no, mokɔ wɔn mu, na wɔba mo mu a, ɛnne munhu ampa ara sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfi mo anim bio, na wɔbɛdannan mo afiri ne hentia ne mpire, mo mfem, ne nsɔe, mo aniwa mu, akosi sɛ mobɛsɛe afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so. Na hwɛ, me de, ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan; na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa wɔ mo ho no nyinaa mu: Ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam. Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so. Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne AWURADE abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na moasɛe ntɛm afi asase pa a ɔde ama mo no so. Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Asuogya na mo agyanom, Abraham n’agya ne Nahor agya Tera tenae fi teteete, na wɔsom anyame foforo. Na mefaa mo agya Abraham mifii asuogya hɔ, na mema okyin Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefo dɔe, na memaa no Isak. Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔw memaa Esau sɛ onni so; na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim. Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaw Misraim, sɛnea meyɛɛ wɔ mu no, na akyiri no miyii mo fii hɔ. Na miyii mo agyanom fii Misraim no, mobaa po no ano; na Misraimfo de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo tiw mo agyanom baa Mmɛw-Po no ho; na wosu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo aniwa huu nea meyɛɛ Misraim, na motenaa sare so nna pii. Na mede mo baa Amorifo a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe, na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa, na mudii wɔn asase no so, na mesɛee wɔn fii mo anim. Ɛnna Moab hene Sipor ba Balak sɔree ne Israel bɛkoe, na ɔsoma kohyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo; na mampene sɛ metie Bileam, na nhyira na ohyiraa mo, na miyii mo ne nsam. Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa. Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim ma wɔpam wɔn fii mo anim, Amorifo ahene baanu no, ɛnyɛ wo nkrante so na ɛnyɛ wo tadua so. Na memaa mo asase a moammrɛ ho ne nkurow a moankyekye, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛw na mudi yi. Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE. Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE. Na ɔman no gyee so sɛ: Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw AWURADE akɔsom anyame foforo. Efisɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne nea oyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase so fii nkoafi bae, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne akɛse yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam so no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu. Na AWURADE apam aman no nyinaa ne Amorifo a wɔte asase no so no afi yɛn anim: Yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo. Sɛ mugyaw AWURADE na mokɔsom ananafo anyame a, ɔbɛdan ayɛ mo bɔne na wama moahyew, sɛ ɔyɛɛ mo yiye kan no. Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Daabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefo sɛ mo ara moapaw AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkae sɛ: Adansefo ne yɛn. Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn. Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yebetie. Ɛnna Yosua ne ɔman no pamee da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛde ne atemmude wɔ Sekem. Na Yosua kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ Onyankopɔn mmara nhoma no mu, na ɔde ɔbo kokuroo sii hɔ wɔ okum dua a esi AWURADE kronkronbea no ase. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔbo yi nni yɛn adanse, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaa no nyinaa; na enni mo adanse, na moampa mo Nyankopɔn akyi. Ɛnna Yosua gyaa ɔman no kwan maa wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so. Na nsɛm no akyi no, Nun ba Yosua, AWURADE akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. Na wosiee no n’asase mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔw so wɔ Gaas bepɔw benkum fam. Na Israel somm AWURADE. Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ. Na Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no, wɔkoraa wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ fii Sekem agya Hamor mma nsam maa nnwetɛbona ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapade. Na Aaron ba Eleasar nso wui, na wɔkoraa no Gibea, ne ba Pinehas kurow a wɔde maa no, Efraim bepɔw so no mu. Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko? Na Awurade buaa sɛ: Yuda nni kan, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa. Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Wo ne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfo nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe. Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek. Na wohuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wokum Kanaanfo ne Perisifo no. Na Adoni-besek guanee, na wotiw no kɔkyeree no, na wotwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti. Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ. Na Yuda mma no ne Yerusalem bɛkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔtoo kurow no mu gya. Ɛno akyi no, Yudafo no sianee na wɔne Kanaanfo a wɔte bepɔw so ne nifa asase so ne po ho tataw so no kɔkoe. Na Yuda siim kɔɔ Kanaanfo a wɔte Hebron no ho, nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai. Na wofi hɔ kɔɔ Debirfo ho, kan no na Debir din ne Kiriat-sefer. Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware. Na Kaleb ne nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware. Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ommisa n’agya [Kaleb] hɔ asase bi. Na Aksa fi n’afurum so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ? Na Aksa ka kyerɛɛ no sɛ: Kyɛ me biribi ɛ! Na nifa asase na wode ama me, na ma me mmasu nso. Na Kaleb maa no Atifi mmasu ne Anafo mmasu. Na Mose n’ase Kenini no mma ne Yudafo fi nkyeresia kurow no mu foro baa Yuda sare a ɛwɔ Arad nifa fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu. Na Yuda ne ne nua Simeon siim kɔe kokunkum Kanaanfo a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasaa, na wɔfrɛɛ kurow no din Horma. Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hye ne Askelon ne ne hye ne Ekron ne ne hye. Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam. Na wɔde Hebron maa Kaleb, sɛnea Mose kae no, na otuu Anak mma baasa no fii hɔ. Nanso Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Benyaminfo no antu wɔn, na Yebusifo no ne Benyaminfo no tenaa Yerusalem beduu nnɛ. Na Yosef fi nso foro kɔɔ Betel, na Awurade dii wɔn akyi. Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus. Na akwansrafo no huu ɔbarima bi a ofi kurow no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kurow no mu ahyɛnee, na yɛne wo bedi no adɔe so. Na ɔkyerɛɛ wɔn kurow no mu ahyɛnee, na wɔde nkrante bɔɔ kurow no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa de, wogyaa wɔn. Na ɔbarima no siim kɔɔ Hetifo asase so kɔkyekyee kurow, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de besi nnɛ. Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufo. Ɛno nti Kanaanfo no tumi tenaa asase yi so. Na Israel ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ ɔsom adwuma, na mmom, wɔantu wɔn ase koraa. Na Efraim antu Kanaanfo a wɔte Geser no; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu wɔ Geser. Na Sebulon antu Kitronfo ne Nahalolfo; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu, na wɔhyɛɛ wɔn de yɛɛ ɔsom adwuma. Aser antu Akofo ne Sidonfo ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob; na Aserfo no tenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu, na wɔantu wɔn. Naftali antu Bet-semesfo ne Bet-anatfo, na wɔtenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu. Na Bet-semesfo ne Bet-anatfo na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma. Amorifo no kaa Danfo no kɔɔ bepɔw no so, na wɔamma wɔansian ansi asase tamaa no so. Na Amorifo no tumi tenaa Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fi nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma. Na Amorifo hye fi Akrabim aforoee, efi Sela kɔ no. Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da; na mo nso, mo ne asase yi sofo mmpam apam bi: Mummubu wɔn afɔremuka! Nanso moantie m’asɛm. Ɛdɛn na moayɛ yi? Na maka nso sɛ: Merempam wɔn mo anim, na wɔbɛdan nsɔe ama mo, na wɔn anyame adan mo mfiri. Na AWURADE bɔfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔre wɔ hɔ. Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfo nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so kodii asase no so. Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no. Na Nun ba Yosua, Awurade akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du; na wosiee no n’asase mu wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔw so, Gaas bepɔw Atifi fam. Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso. Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim. Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw. Na wogyaw AWURADE kɔsom Baal ne Astarot. Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio. Baabiara a wofi adi kɔ no, AWURADE pa wɔn ma wodi nkugu, sɛnea AWURADE kae ne sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa. Nanso AWURADE momaa Akannifo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfafo no nsam. Na wɔn Akannifo no nso, wɔantie wɔn, na wodii anyame foforo akyi aguamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wofii kwan a wɔn agyanom nantew so tiee AWURADE mmara nsɛm no so; na wɔn de, wɔanni so. Na sɛ Awurade ma akannifo so ma wɔn a, ɛnne Awurade di ɔkannifo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔkannifo no nna nyinaa, efisɛ wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti, AWURADE yam hyehyee no. Na sɛ ɔkannifo no wu a, Israelfo no san wɔn akyi na wɔsɛe sen wɔn agyanom, di anyame foforo akyi, som wɔn, sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumɔyɛ ne wɔn kɔnsenee kwan so nantew. Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi, me nso merenkɔ so mintu amanaman a Yosua wu gyaw wɔn no mu biara bio, wɔn anim, na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anantew so, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, anaasɛ wɔrenhwɛ. Enti AWURADE gyaw amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa. Na eyinom ne amanaman a AWURADE gyaw wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na Israel awo ntoatoaso no behu akodi na wɔakyerɛ wɔn a kan no wonnim no: Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa. Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahu sɛ wobetie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa. Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu. Na wɔfofaa wɔn mmabea warewaree na wɔde wɔn mmabea momaa wɔn mma aware, na wɔsonsom wɔn anyame. Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua. Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe. Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba. Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim Na asase no so dwoe mfirihyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui. Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moab hene Eglon den tiaa Israel, efisɛ wɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfo ano kaa ne ho, na ɔbae bedii Israel so nkonim na wɔbɛfaa nkyeresia kurow no. Na Israelfo som Moab hene Eglon mfe dunwɔtwe. Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon. Na Ehud yɛɛ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsaama, na ɔde bɔɔ n’akotade ase, ne dwonku nifa so. Na ɔde ayɛyɛde no kɔmaa Moab hene Eglon; nso Eglon yɛ onipa bran pa ara. Na ɔde ayɛyɛde no maa no wiei no, ogyaa nkurɔfo a wɔsoso ayɛyɛde no kwan ma wɔkɔe; na ɔno ara de, ɔdan ne ho fii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkae sɛ: Ɔhene, mewɔ ahintasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Monyɛ komm. Na wɔn a wogyina ne ho nyinaa fii ne nkyɛn fii adi. Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ne nko ara na ɔte n’abansoro dan a ogye mframa wɔ mu no mu. Na Ehud kae sɛ: Mewɔ Onyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre fii n’agua so. Ɛnna Ehud teɛɛ ne nsa benkum soo sekan a ɛwɔ ne dwonku nifa so no mu de wɔɔ n’afuru mu, na sekan dua no nso dii dade no akyi hyɛn mu, na srade sram dade no so. Na wantwe sekan no amfi ne yafunu no mu, na epue fii akyiri. Na Ehud fii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apon mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu. Na ofii adi no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wose: Ebia okogya ne nan mframadan pia mu. Na wɔtwɛnee ara de kosii sɛ wɔn ani bui, na hwɛ, obiara anhiɛ abansoro dan no pon no. Ɛnna wɔfaa safe de hiɛe, na hwɛ, wɔn wura da fam, awu. Na wɔretwentwɛn wɔn nan ase no, Ehud guanee, na obetwaa ahoni no ho, na oguan baa Seira. Na odui no, ɔhyɛn torobɛnto Efraim bepɔw so, na Israel mma ne no sian fii bepɔw no so, na odii wɔn anim; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntu mmirika nni m’akyi, efisɛ AWURADE de mo atamfo Moabfo no ahyɛ mo nsa. Na wosian dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwaree a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa. Na saa bere no wokunkum Moab mmarima bɛyɛ ɔpedu, mmarima akatakyi ahoɔdenfo ara nko, na wɔamma obiara amfi mu. Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoe mfirihyia aduɔwɔtwe. Na Ehud wu akyi no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kum Filistifo mu nnipa ahansia; na ɔno nso, gyee Israel. Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Na AWURADE tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim. Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, efisɛ ɔwɔ dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu. Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no. Na ɔte Debora kyeresia ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔw so; na Israelfo foro baa ne nkyɛn sɛ onni wɔn anim. Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho? Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa. Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnne mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnne merenkɔ. Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes. Na Barak ma wɔkɔpae hyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa ɔpedu dii n’akyi foro kɔe; na Debora nso ne no kɔe. Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo a wɔyɛ Mose n’ase Hobab mma no ho, na watew mu akodu dupɔn a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho akosi ne ntamadan. Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so. Na Sisera ma wɔkɔpae hyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dade nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de fi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa. Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. So ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak sian fii Tabor bepɔw so, na nnipa ɔpedu no dii n’akyi. Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim, na Sisera fii ne nteaseɛnam mu sii fam guanee n’ananmu. Na Barak tiw nteaseɛnam no ne dɔm no koduu Haroset-hagoyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔe nkrante ano, anka obiako pɛ. Na Sisera de n’anan guan kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fi ntam. Na Yael fii adi kohyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Man ha, me wura! Man bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔman baa ne nkyɛn ntamadan no mu, na ɔde kuntu kataa no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsu kakra mennom ɛ, na osukɔm de me. Na ɔsan nufusu ade ano ma ɔnomee, na ɔkataa no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntamadan no pon ano, na sɛ obi ba na obisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi. Ɛnna Heber yere Yael faa ntamadan no bofunnua, na ɔfaa asae kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛoo, na ɔde bofunnua no kɔbɔɔ n’asontɔre mu kitaa fam, efisɛ, ɔbrɛ nti, wada hatee, na owui. Na hwɛ, Barak retiw Sisera; na Yael fii adi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn; na hwɛ, Sisera da hɔ a wawu, na bofunnua no tua n’asontɔre mu. Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaan hene Yabin ase da no ara wɔ Israelfo anim; na Israelfo nsa kɔɔ so yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kosii sɛ wotuu no gui. Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ: Sɛ Israel mu atitiriw dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam bae nti, munhyira AWURADE. Ahene, muntie! Abirempɔn, monyɛ aso! Me de, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sanku dwom. AWURADE, wufi Seir bae no, wufi Edom asase so reba no, asase wosowee, ɔsoro nso tuei, omununkum nso tuee nsu. Mmepɔw popoe AWURADE anim, Mekyerɛ Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim. Anat ba Samgar bere so, Yael bere so, atempɔn daa mpan, akwantemfo nantew akwamfo akɔntɔnkye so. Asafohene sae Israel mu, wɔsae kosii sɛ me, Debora, mesɔree, mesɔree sɛ ɛna Israel mu. Wɔpopaw anyame foforo, ɛno na dɔm baa kurow apon akyi. So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu? Me koma da Israel atitiriw a wofi ɔman no mu yii wɔn yam bae no so: Munhyira AWURADE! Mo a motete mfurummere afufu so, mo a motete nkuntu a ɛsom bo so, mo a monenam akwan so, monto dwom! Nea anka apereperefo teɛm wɔ anomee no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE trenee, ne nniso trenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man sian kɔɔ kurow no apon mu. Sɔre, ka wo ho, Debora! Sɔre, ka wo ho to dwom! Sɔre, Barak, na fa wo nnommum nnommum, Abinoam ba. Ɛno mu na nkae bi sian kɔhyɛɛ atumfo, AWURADE man sian kɔhyɛɛ dɔmmarima maa me. Wofi Efraim a wɔn ntini muni dii Amalek so, bedii wo Benyamin akyi, wo man mma no mu; Makir mu na mpanyin fi sian bae, na Sebulon mu nso wɔn a wokura ɔsafohene poma. Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak akyidua, wodii n’akyi kɔɔ obon no mu. Ruben mmusuakuw mu na koma mu pɔwbɔ a ɛsosoe wɔ. Ɛdɛn nti na wote nguamman no ntam retie nguankuw no mu mmɔtɔwahyɛn? Ruben mmusuakuw mu na koma mu apɛɛpɛɛ akɛse wɔ. Gilead te Yordan agya; na Dan de, ɛdɛn nti na ɔte nea ahyɛn nam? Aser te mpoano, na ne dɔnnɔn ho na ɔte. Sebulon yɛ ɔman a ɔde ne kra sɔɔ owu hwɛe, ne Naftali nso wɔ petee mu sorɔnsorɔmmea. Ahene bae bedii ako, ɛno mu na Kanaan ahene bɛkoe Taanak, Megido asu no ano, wɔannya dwetɛ asade bi. Wofi soro bedii ako, nsoromma fifii wɔn akwan so ne Sisera koe. Kison asu sesaw wɔn kɔe, tete dɔm asu no, Kison asu no. Me kra tiatia so ahoɔden so. Ɛno na apɔnkɔ de wɔn tɔte pempem fam ammirikatu mu, n’ahoɔdenfo ammirikatu nti. AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no. Wonhyira Yael, mmea mu, Kenini Heber yere no, wonhyira no ntamadan mu, mmea mu. Nsu na ɔsrɛ anom na ɔmaa no nufusu, kora fɛfɛ mu na ɔde nufusu ani srade bae Ɔteɛɛ ne nsa soo bofunnua mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfo asae, na ɔde bɔɔ Sisera pɛtɛw ne ti, ofitii n’asontɔre mu de bɔɔ mu. Ɔtew hwee ne nan ase daa hɔ, ɔtew hwee ne nan ase; nea ɔtew hwee no, ɛhɔ ara na owui. Mfɛnsere mu na Sisera ne na fa hwɛ, na otwa agyaadwo ahunaniankansa mu: Ɛdɛn na ne teaseɛnam kyɛ ne ba yi? Ɛdɛn na ne nteaseɛnam anan ka akyiri yi? N’ahotenafo mu anyansafo bua no, na ɔno nso gye n’ankasa nsɛm no so: So wɔrennya asade nkyɛ? Ababaa biako anaa baanu mma ɔbarima biako, ntade a wɔahyɛ no aduru asade mma Sisera, ntade a wɔahyɛ no aduru adi mu adwinni asade, mpaanedwuma ntama nworannworan ahorow abien a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asade? Ao! AWURADE saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoe mfe aduanan. Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn. Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae. Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so, na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel. Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no. Na Israel gurowee Midian anim sɛ, na Israelfo su frɛɛ AWURADE. Na Midian nti Israelfo su frɛɛ AWURADE no, AWURADE somaa ɔbarima diyifo bi baa Israelfo nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na mema moforo fii Misraim bae, na miyii mo nkoafi mu, na migyee mo Misraim nsam ne mo ahawfo nyinaa nsam, na mituu wɔn fii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo; na misee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, munnsuro Amorifo a mote wɔn asase so no anyame, nanso moantie me nne. Na AWURADE bɔfo bae bɛtenaa odupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas de no ase; na ne ba Gideon reporow awi nsa-kyi-amoa mu, sɛ ɔde rehintaw Midianfo. Na AWURADE bɔfo no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima. Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwonwade a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na Awurade yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei Awurade apa yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsayam. Na Awurade dan n’ani kyerɛɛ no na ɔkae sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kogye Israel Midian nsam; ɔsoma na masoma wo yi! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, Awurade, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, medi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa biako. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim anuonyam a, ɛnne yɛ sɛnkyerɛnne bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi. Afei mfi ha kosi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛde mabesi w’anim. Na ose: Mɛtwɛn akosi sɛ wobɛsan aba. Na Gideon kɔe kosiesiee apapowa ne asikresam olonka biako apiti; nam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsu no ohwie guu kuku mu, na ɔde fii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no. Na Onyankopɔn bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsu no, hwie gu. Na ɔyɛɛ sa. Ɛnna AWURADE bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no de ano kaa nam ne apiti no, na ogya fi ɔbo no mu bɛhyew nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfo no fii n’anim kɔe. Na Gideon huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo no, Gideon kae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Afei na mahu AWURADE bɔfo anim ne anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoe nka wo, nsuro, worenwu. Ɛnna Gideon sii afɔremuka hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no de besi nnɛ. Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na koburuw Baal afɔremuka a ɛyɛ w’agya de no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu. Na si afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔw a ɛyɛ den yi atifi, sɛ ɛho nhyehyɛe te. Na fa nantwinini a ɔto so abien no bɔ ɔhyew afɔre Asera nnua a wubetwa no nnyina no so. Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no; na sɛ osuro n’agya fi ne kurom hɔfo no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo. Na kurom hɔfo no sɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔaburuw Baal afɔremuka no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahyew nantwinini a ɔto so abien no, afɔremuka a wɔasi no so. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena na odii saa asɛm yi? Na wobisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wose: Yoas ba Gideon na odii saa asɛm yi. Na kurom hɔfo ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ommewu, efisɛ waburuw Baal afɔremuka na watwitwa ɛho Asera nnua no. Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre hyɛɛ no no nyinaa sɛ: So mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mubegye no? Nea ɔbɛko ama no no, wonkum no anɔpa yi; sɛ ɔyɛ onyame a, ɔno ara nko mma ne ho, sɛ wɔaburuw n’afɔremuka. Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara se: Baal ne no nni sɛ waburuw n’afɔremuka. Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu. Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn torobɛnto, na Abi-eserfo hyia bedii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase nyinaa, na wɔn nso hyiae bedii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo bae behyiaa no. Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛnea wokae no a, hwɛ, mede oguanten nwi merebɛhata awiporowbea; sɛ obosu tɔ nwi no nko so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mehu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛnea wokae no. Na n’adekyee anɔpa a ɔsɔree no, okyim nwi no, na okyii nwi no mu obosu hyɛɛ kora ma. Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfuw me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa nwi no mensɔ menhwɛ prɛko bio: Ma nwi no nko nwo na obosu ntɔ ngu fam hɔ nyinaa. Na Onyankopɔn yɛɛ saa anadwo no, na nwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosu tɔ guu hɔ. Ɛnna Yerubaal a ɔne Gideon no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔbɔɔ nsra Harod nsuaniwa ho, na Midian nsra no wɔ ne benkum fam, More koko ho bon no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso sen sɛnea mede Midian mɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ampɔw me so anka sɛ: M’ankasa me nsa na agye me. Enti afei ma wɔnka ɔman no asom sɛ: Nea osuro na ne koma tutu no nsan n’akyi, na ɔnnan n’ani mfi Gilead bepɔw ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa ɔpeduonu abien san wɔn akyi kɔe, na ɛkaa nnipa ɔpedu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn sian kɔ asu no ho, na minyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ; nea mese wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkɔ; na obiara a mese wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ. Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara. Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano taforoe no ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkae nyinaa kotow wɔn nankoroma anim nom nsu no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtaforoe no na mede megye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea. Na wogyigyee ɔman no akwansoduan ne wɔn ntorobɛnto kurakurae; na ogyaa Israel nyinaa kwan ma wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu, na osoo mmarima ahasa no mu. Na Midian nsra no wɔ n’ase fam, obon no mu. Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre sian kɔ nsra no mu, na mede mahyɛ wo nsa. Na sɛ wo de, wusuro sɛ wubesian a, wo ne w’abofra Pura nsian nkɔ nsra no mu, na kotie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyi no, wo nsa bɛyɛ den na woasian akɔ nsra no mu. Na ɔne n’akoa Pura sian kɔɔ nsra no mu twafo no ano noho. Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea. Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ. Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Eyi nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrante; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsra no nyinaa ahyɛ. Na Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree, na ɔsan baa Israel nsra mu, na ɔkae sɛ: Monsɔre, efisɛ AWURADE de Midian nsra no ahyɛ mo nsa. Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuw abiɛsa, na ɔde ntorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa, ne nkuruwa hunu, ne agyatɛn a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ: Na hwɛ, sɛ midu nsra no ano a, sɛnea mɛyɛ no, saa ara na monyɛ. Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho nyinaa hyɛn torobɛnto a, mo nso monhyɛn ntorobɛnto ntwa nsra no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon de ni! Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duu nsra no ano, ɔdasu a edi mfinimfini no mfiase a wɔde awɛmfo gyinagyinae ara pɛ, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa a ekurakura wɔn no. Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wokurakura agyatɛn no wɔn nsa benkum mu, ne ntorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteɛɛm sɛ: AWURADE ne Gideon nkrante! Na wogyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsra no ho hyiae. Na nsra no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteɛteɛɛm na woguanguanee. Na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrante kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsra no nyinaa so; na ɛdɔm no nyinaa guan kosii Bet-sita wɔ Serera, kosii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano. Na wɔpae kohyiaa Israel mmarima fi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa, na wobetiw Midian. Na Gideon somaa abɔfo kɔɔ Efraim bepɔw nyinaa so kɔkae sɛ: Munsian nkohyia Midian, na munnye wɔn nsam nsu ano akwan nkodu Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa behyiae, na wobegyee nsu ano akwan no de kosii Bet-bara ne Yordan ano. Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wokum Oreb, Oreb bo so, na Seeb nso wokum no Seeb nsa-kyi-amoa ho. Na wotiw Midian na wɔde Oreb ne Seeb ti fi Yordan agya brɛɛ Gideon. Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa ara. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa? Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuw. Na Gideon duu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wotiw wɔn ara. Na ɔka kyerɛɛ Sukotfo no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wodi m’akyi yi abodoo sebɔw bi ɛ, na wɔabrɛ, na me nso meretiw Midian ahene Seba ne Salmuna. Na Sukot atitiriw no kae sɛ: So Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dedaw na yɛmfa abodoo mma wo dɔm yi anaa? Na Gideon kae sɛ: Eyi nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnne mede sare so nsɔe ne akraate mɛtetew mo honam. Na ofii hɔ kɔɔ Penuel, na ɔne wɔn kasae saa ara. Na Penuelfo no buaa no sɛnea Sukotfo no buaa no no. Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no nso sɛ: Sɛ mesan meba dwoodwoo a, meburuw abantenten yi. Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ. Na Gideon foro faa ntamadan mutefo kwan so, Noba ne Yogbeha apuei, na okokunkum dɔm no, efisɛ na dɔm no ani nni wɔn ho so. Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui. Ɛnna Yoas ba Gideon san fii dɔm no mu faa Heres aforoe bae. Na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot, na obisaa no, na ɔkyerɛw Sukot atitiriw ne mpanyimfo no din maa no, mmarima aduɔsɔn asɔn. Na ɔbaa Sukotfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: So Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dedaw na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no abodoo no ni? Na ɔfaa kurow no mu mpanyimfo, na ɔfaa sare so nsɔe ne akraate, de kyerɛɛ Sukotfo no nyansa. Na oburuw Penuel abantenten no, na okunkum kurow no mu mmarima. Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mukunkum wɔn Tabor no te dɛn? Na wose: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma. Na ɔkae sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te ase yi, sɛ moma wɔtenaa ase a, anka merenkum mo. Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre kum wɔn! Nanso abofra no antwe ne nkrante, na osuro, efisɛ ɔda so yɛ abofra. Na Seba ne Salmuna kae sɛ: Wo ara sɔre tow yɛn dade, na sɛ ɔbarima te na ne mmaninyɛ te. Ɛnna Gideon sɔre kunkum Seba ne Salmuna, na ɔfaa asram nketewa nnwinne a egu wɔn yoma kɔn mu no. Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, efisɛ wo na woagye yɛn afi Midian nsam. Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na onni mo so. Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mebisa mo hɔ biribi: Mo nyinaa mfa mo asade mu nkaa mmrɛ me. Efisɛ Midianfo yɛ Ismaelfo nti, wɔwowɔ sika nkaa. Na wose: Yefi yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntama sɛw hɔ, na obiara tow n’asade mu nkaa guu so. Na sika nkaa a obisae no ano si sika nnwetɛbona apem ahansɔn; ɛsono asram nketewa nnwinne ne asom ahyehyɛde ne ntade a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahene no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛde no. Na Gideon de yɛɛ asɔfotade sɛso sɛ ohoni a, ɔde too ne kurow Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyiri aguamammɔ mu, na ɛdan Gideon ne ne fi afiri. Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfo anim, na wɔamma wɔn ti so bio. Na asase no so dwoe Gideon bere so mfirihyia aduanan. Na Yoas ba Yerubaal siim kɔtenaa ne fi. Na Gideon wɔ mmammarima aduɔsɔn a wofi n’asen mu, efisɛ ɔwɔ yerenom pii. Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo babarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek. Na Yoas ba Gideon wui na wabɔ akora pa ara, na wosiee no n’agya Yoas asiei a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no. Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame. Na Israelfo ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn atamfo nyinaa nsam hyiae no; nso wɔanyɛ Yerubaal-gideon fi adɔe amfa antua yiye a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka. Ɛnna Yerubaal ba Abimelek siim kɔɔ Sekem, ne na ne nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fi abusua nyinaa sɛ: Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me. Ɛnna ne na ne nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfo nyinaa asom; na wɔn koma dan dii Abimelek akyi, na wose: Yɛn nua ne no. Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi. Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee. Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase. Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, osiim kogyinaa Gerisim bepɔw atifi, na ɔmaa ne nne so teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfo, muntie me, na Onyankopɔn nso ntie mo. Da bi nnua kɔe sɛ wɔkɔsra obi asi wɔn so hene, na wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ: Di yɛn so hene. Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me srade a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyini nnua so anaa? Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. Na borɔdɔma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me dɛ ne m’aba pa no, na minkokyini nnua so anaa? Na nnua no ka kyerɛɛ obobe sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. Na obobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me nsa a egye anyame ne nnipa ani, na minkokyini nnua so anaa? Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. Na nsɔe ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokware mu na moresra me asi mo so hene a, ɛnne mommra mmɛdɔ me nwini mu; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon nkyeneduru no. Na afei, sɛ mudii no nokware ne trenee mu sɛ musii Abimelek hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fi adi no yiye, na sɛ n’adwuma so ade na mode ayɛ no yi a, sɛ m’agya ko maa mo, na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ogyee mo fii Midian nsam, na mo de, moasɔre ahyɛ m’agya fi nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔsɔn ɔbo biako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfo so hene, sɛ mo nua ne no nti, ɛnne, sɛ nokware ne trenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fi adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho. Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi Abimelek mu mmɛhyew Sekemfo ne abankɛse mufo, na ogya nso mfi Sekemfo ne abankɛse mufo mu mmɛhyew Abimelek. Na Yotam twee ne ho guan kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek ho suro nti. Na Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa. Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfo ntam, na Sekemfo twitwaa Abimelek nkontompo, na Yerubaal mma aduɔsɔn no ho mmusu aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a okum wɔn no ne Sekemfo a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ onkum ne nuanom no atifi. Na Sekemfo no maa nnipa kɔtɛw no wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no so nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom bae bɛsen kɔɔ Sekem; na Sekemfo no de wɔn ani too no so. Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek. Na Ebed ba Gaal kae sɛ: Hena ne Abimelek, na hena ne Sekem a yɛnsom no? So ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdɛn nti na yɛn de, yɛnsom no? Na hena na ɔde ɔman yi bɛhyɛ me nsa na anka matu Abimelek so. Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: Ma wo dɔm nnɔɔso na fi bra. Na kurow no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, ne bo fuwii, na ɔnam ase somaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn sɛ: Hwɛ, Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na hwɛ, wɔrehwanyan ɔman no atia wo. Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛw wuram. Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛtow hyɛ kurow no so, na hwɛ, ɔno ne ɔman a wɔka ne ho no befi adi abehyia wo, na woayɛ no sɛnea wubetumi. Ɛnna Abimelek ne ɛdɔm a wɔka no ho no nyinaa sɔree anadwo, na wɔnam akuw anan bɛtetɛw Sekem. Na Ebed ba Gaal fii adi kogyinaa kurow no pon ano. Na Abimelek ne nkurɔfo a wɔka no ho no sɔre fii atɛwee hɔ. Na Gaal huu ɔman no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi mmepɔw no atifi resian. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Mmepɔw no sunsuma na wuhu sɛ nnipa no. Na Gaal kae bio sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi asase funuma so resian ba, na kuw biako fi Elon-meonenim kwan so reba. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkae sɛ: Hena ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? So ɛnyɛ ɔman a wubuu wɔn abomfiaa no ni? Afei fi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko. Na Gaal fii adi dii Sekemfo no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe. Na Abimelek pam no, na oguanee n’anim, na nnipa pii totɔe de kosii kurow no pon ano. Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pam Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem. Na ade kyee no, ɔman no fii adi kokɔɔ wuram; na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. Na ɔfaa ɔman no buu wɔn mu akuw abiɛsa, na ɔkɔtɛw wuram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔman no refi adi afi kurow no mu, na ɔsɔre hyɛɛ wɔn kunkum wɔn. Na Abimelek ne asafokuw a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kogyinaa kurow no pon ano, na asafokuw abien no tow hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram nyinaa so kunkum wɔn. Na Abimelek ne kurow no koe da mu no nyinaa, na ɔfaa kurow no, na okum nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kurow no, na ɔde nkyene petee so. Na Sekem abankɛse mufo nyinaa tee no, wɔkɔɔ onyame Berit fi aban mu. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufo nyinaa aboaboa wɔn ho ano. Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔw so, ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kurae na okotwaa dubaa, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɔman a wɔka ne ho no sɛ: Nea moahu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛ meyɛe no. Na ɔman no nyinaa twitwaa nnubaa de dii Abimelek akyi de beguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛse no mu nnipa nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmea bɛyɛ apem. Ɛnna Abimelek siim kɔɔ Tebes kɔbɔɔ Tebes so nsra, na ɔfae. Na abantenten dennen bi wɔ kurow no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmea nyinaa ne kurow no mufo nyinaa guanguan kɔe na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi. Na Abimelek duu aban no ho bɛkoe, na otwiw bɛn aban no pon ano sɛ ɔde gya rebɛhyew. Na ɔbea bi tow owiyammoba bɔɔ Abimelek ti de pɛtɛw ne tikora. Ɛnna ɔfrɛɛ n’abofra a ɔso n’akode ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrante kum me, na wɔanka wɔ me ho sɛ ɔbea na okum no. Na n’abofra no de nkrante wɔɔ no ma ɔtɔe. Na Israel mmarima no hui sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn tenabea. Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ okum ne nuanom aduɔsɔn no so ka. Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so. Na Abimelek akyi no, nea ɔsɔre begyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔw so. Na odii Israel anim mfe aduonu abiɛsa. Na owui, na wosiee no Samir. Na n’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na obuu Israel atɛn mfe aduonu abien. Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so. Na Yair wui, na wosiee no Kamon. Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no. Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa. Na wɔhom Israelfo so haw wɔn afe no ara mu. Mfe dunwɔtwe na wodii Israelfo a wɔwɔ Yordan agya, Amorifo asase so wɔ Gilead no nyinaa so. Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ. Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Misraim ne Amorifo ne Amonfo ne Filistifo, ne Sidonfo ne Amalek ne Maon hyɛɛ mo so na musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam. Na mo de, moagyaw me akɔsom anyame foforo. Enti merenkɔ so minnye mo bio. Monkɔ nkosu mfrɛ anyame a moapaw wɔn no, na wonnye mo mo ahohia bere mu. Na Israelfo no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne! Wo de, yɛ yɛn sɛ eye w’ani so nyinaa, ogye nko na gye yɛn nnɛ da yi. Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew. Na Amonfo no hyia bae bɛbɔɔ nsra Gilead. Na Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano kɔbɔɔ nsra Mispa. Na Gilead man, wɔn mu atitiriw sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena ne ɔbarima a ɔne Amonfo no befi ase ako? Ɔno na onkodi Gileadfo nyinaa ti. Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbea aguaman bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo. Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi. Na ɛno akyi no, Amonfo ne Israel kodii ako. Na Amonfo ne Israel bɛkoe no, Gilead mpanyimfo kɔe kɔfaa Yefta fii Tob asase no so, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfo nkɔko. Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: So ɛnyɛ mo ara na motan me na mopam me fii m’agya fi no? Na ɛdɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi? Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasan aba wo nkyɛn yi, na wo ne yɛn nkɔ na yɛne Amonfo nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfo nyinaa so. Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: Sɛ mode me san kɔ sɛ me ne Amonfo nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na minni mo ti anaa? Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ. Ɛnna Yefta ne Gilead mpanyimfo no siim bae, na ɔman no de no sii wɔn ti ne safohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa. Ɛnna Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi? Na Amonfo hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfo no sɛ: Efisɛ Israel faa m’asase bere a wofii Misraim reba no, de fi Arnon kosi Yabok ne Yordan ano. Na afei dan ma me komm. Na Yefta san somaa abɔfo bio kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta se ni: Israel amfa Moab asase ne Amonfo asase bi, na mmom wofi Misraim no, Israel nantew sare so kosii Mmɛw-Po ano, na wɔbaa Kades. Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Ma mintwam w’asase so ɛ! Na Edom hene no antie. Na ɔsoma kɔɔ Moab hene nkyɛn nso, na wampene. Na Israel tenaa Kades. Na wɔnantew sare so kotwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wobefii Moab asase no apuei, na wɔbɛbɔɔ nsra Arnon agya noho, na wɔamma Moab asase so, efisɛ Arnon ne Moab hye. Ɛnna Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon a ɔyɛ Hesbonhene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yentwam w’asase so nkɔ m’afa. Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hye so, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛbɔɔ nsra Yahas, na ɔne Israel bɛkoe. Na AWURADE, Israel Nyankopɔn, de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wokunkum wɔn, na Israel faa Amorifo a wɔte asase no so no asase nyinaa dii so, na wɔfaa Amorifo asase nyinaa fi Arnon ano kosi Yabok ano, na efi sare so kosi Yordan ano. Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifo afi ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi so anaa? So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so. Na afei, so wuye sen Moab hene Sipor ba Balak? So ɔham na ɔne Israel hamee anaasɛ ɔko na ɔne wɔn koe? Bere a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkurow ne Aroer ne ɛho nkurow ne Arnon ho nkurow nyinaa mu mfirihyia ahasa no, ɛdɛn nti na moannye saa bere no? Na me de, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ. Nanso Amonfo hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma kɔka kyerɛɛ no no. Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sen kɔɔ Gilead-mispe, na ofi Gilead-mispe twaam kɔɔ Amonfo no so. Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfo no hyɛ me nsa a, ɛnne nea ebefi me fi apon ano abehyia me da a meresan mafi Amonfo so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE de, na mede mɛbɔ afɔre mu. Ɛnna Yefta twaam kɔɔ Amonfo no so ne wɔn kɔkoe; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa. Na okunkum wɔn okum kɛse pa ara fi Aroer kosi nea wɔfa kɔ Minit, nkurow aduonu, ɛde kosi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfo no ase Israelfo anim. Ɛnna Yefta baa ne fi Mispa. Na hwɛ, ne babea de mpintin ne asaw fii adi behyiaa no, nso na odi no bakoro, onni ɔbabarima anaa ɔbabea ka ne ho. Na ohuu no no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ao! Me ba, ɔbrɛ na woabrɛ me ase, na worebɛhow me werɛ! Efisɛ mabue m’ano mama AWURADE, na mintumi mensan m’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnne yɛ me sɛnea afi w’ano no, sɛ AWURADE anya adi were ama wo, w’atamfo Amonfo no so yi. Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ eyi mma me: Gya me kwan asram abien, na minsian menkɔ mmepɔw so, na me ne me mfɛfo nkosu me mmabaabere. Na ɔkae sɛ: Kɔ! Na ogyaa no kwan asram abien. Na ɔne ne mfɛfo kɔe, na okosuu ne mmabaabere mmepɔw so. Na asram abien duu no, ɔsan baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛnea ne bɔ a ɔhyɛe no te; na wanhu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atɔremude Israel mu sɛ: Daa afirihyia Israel mmabea de su kɔkae Gileadni Yefta babea no afe mu no nnanan. Na Efraim mmarima hyiae, na wotwaam kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛdɛn nti na wutwaam kɔe ne Amonfo kɔkoe, na yɛn de, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankɔ? Yɛde ogya bɛhyew wo fi agu wo so. Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa ne Amonfo nyaa manso kɛse; na meteɛɛm mefrɛɛ mo no, moannye me amfi wɔn nsam; na mihuu sɛ momma mmegye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesen mekɔɔ Amonfo no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na ɛdɛn na moforo ba me so ne me abɛko nnɛ yi? Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kum Efraim, efisɛ wose: Mo Gileadfo aguanfo, mowɔ Efraim mu, ne Manase mu. Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi, wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe. Na Yefta dii Israel anim mfe asia. Na Gileadni Yefta wui, na wosiee no Gilead nkurow no bi mu. Na Yefta akyi no, Ibsan a ofi Betlehem dii Israel anim Na ɔwɔ mmammarima aduasa; na ɔde mmabea aduasa momaa aware mmeaemmeae, na okogyigyee mmabaa aduasa nso fi mmeaemmeae brɛɛ ne mmammarima aware. Na odii Israel anim mfe asɔn. Na Ibsan wui, na wosiee no Betlehem. Na n’akyi no, Sebulonni Elon dii Israel anim mfe du. Na Sebulonni Elon wui, na wosiee no Ayalon, Sebulon asase so. Na n’akyi no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni dii Israel anim. Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfurum aduɔsɔn so. Na odii Israel anim mfe awotwe. Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wosiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw so no so. Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Sora a ofi Danfo abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonin, na ɔnwo. Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima. Enti afei hwɛ wo ho yiye, na nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew. Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam. Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda. Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no. Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Onyankopɔn bɔfo no baa ɔbea no nkyɛn bio, na ɔwɔ afum a ne kunu Manoa nka ne ho. Na ɔbea no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abeyi ne ho adi akyerɛ me. Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wone ɔbarima a wo ne ɔbea no kasae no? Na ose: Mene no. Na Manoa kae sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdɛn ne abofra no ahyɛde, na dɛn na ɔnyɛ? Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Nea misee ɔbea no nyinaa ho na ɔnhwɛ ne ho yiye: Onnni ade biara a efi bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na ade biara a ɛho ntew nso, onnni; nea mahyɛ no nyinaa, onni so. Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Ma yensianka wo na yensiesie apapowa bi mma wo ansa. Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wusianka me po a, merenni w’aduan no bi; na sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfo. Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Wo din de dɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam. Na AWURADE bɔfo no see no sɛ: Ɛdɛn na wubisa me din a ɛyɛ nwonwa yi? Na Manoa faa apapowa ne aduan, na ɔde bɔɔ ɔhyew afɔre ɔbotan no so maa AWURADE, nea ɔyɛ anwonwade no, na Manoa ne ne yere hwɛe. Na ogyaframa no resɔre afi afɔremuka no so akɔ ɔsoro no, AWURADE bɔfo no foro faa afɔremuka no so gyaframa no mu kɔɔ ɔsoro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam. Na AWURADE bɔfo no ammeyi ne ho ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo. Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi. Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ okum yɛn a, anka wannye yɛn nsam hyew afɔre ne aduan afɔre, na anka wanyi eyinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte sɛɛ yi saa bere yi. Na ɔbea no woo babarima, na ɔtoo no din Samson. Na abofra no nyinii, na AWURADE hyiraa no. Na AWURADE honhom fii ase kekaa no wɔ ne mu, Dan nsra mu, Sora ne Estaol ntam. Na Samson sian kɔɔ Timna, na okohuu ɔbea bi wɔ hɔ a ɔyɛ Filistifo mmabea no bi. Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware. Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani. Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so. Na Samson ne n’agya ne ne na siim kɔɔ Timna. Na woduu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataforo bi boboom hyiaa no. Na AWURADE honhom sii no so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam. Na wanka nea ɔyɛe no ankyerɛ n’agya ne ne na. Na osiim kɔe ne ɔbea no kɔkasae, na ɔsɔɔ Samson ani. Na nna bi akyi no, ɔsan kɔe sɛ okohyia no, na ɔman kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ, nnowatɔw ne ɛwo adɔ gyata no yam. Na ɔfaa bi kurae dii no akwanakwan, na okoduu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na oyii ɛwo no. Na n’agya siim kɔɔ ɔbea no nkyɛn, na Samson tow pon wɔ hɔ, efisɛ saa na mmerante taa yɛ. Na wohuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa no ho. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ mutumi kyerɛ me ase nnansɔn apontow yi mu na muhu a, ɛnne mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa; na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To wo aborɔme no na yentie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Odidifo mu na aduan fi bae, na ɔhoɔdenfo mu na adɔkɔdɔkɔde fi bae. Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa. Na da a ɛto so ason no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhyew wo ne w’agya fi! So yɛn fow nti na mubehyiaa yɛn? Na Samson yere no su guu no so kae sɛ: Ɔtan nko na wotan me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfo aborɔme, nso wonkyerɛɛ me ase. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na po menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ wo anaa? Na osu guu no so nnansɔn a apontow no gu so no nyinaa. Na da a ɛto so ason no, ɔka kyerɛɛ no, efisɛ na ɔhaw no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no. Na kurow no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛto so ason no ansa na owia retɔ sɛ: Dɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sen ɛwo, na ɛdɛn na ne ho yɛ den sen gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwi amfɛtɛw a, anka moanhu m’aborɔme no ase. Na AWURADE honhom sii no so denneennen, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no. Na ne bo fuwii. Na ɔsan kɔɔ n’agya fi. Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a odii akyi wɔ aware no mu no. Na ɛkyɛe kakra no, awitwa bere mu, Samson de apapowa kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkae sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbea no agya amma no kwan ankɔ mu. Na n’ase kae sɛ: Me de, mise, wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho yɛ fɛ sen no. Fa no si n’ananmu. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, sɛ me ne Filistifo di no bɔne a, merenni ho so bi. Na Samson siim kɔe kɔkyeree sakraman ahasa, na ɔfaa agyatɛn, na ɔde dua sii dua anim de gyatɛn hyɛɛ dua abien biara ntam. Na ɔsosɔɔ agyatɛn no ano, na ogyaa wɔn kɔɔ Filistifo no awifuw mu ma ɛhyew awi akuwakuw ne awi a esisi hɔ ne ngodua nturo no. Ɛnna Filistifo no kae sɛ: Hena po na ɔyɛɛ eyi? Na wose: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko ntia. Ɛnna Filistifo no siim kɔe de ogya kɔhyew Timnani no ne n’agya fi. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae. Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonku so kunkum wɔn okunkɛse. Na osiim kɔtenaa Etam botan tokuru mu. Ɛnna Filistifo bae bɛbɔɔ Yuda so nsra, na wɔtrɛw wɔn ho mu wɔ Lehi. Na Yuda mmarima no kae sɛ: Ɛdɛn nti na moba yɛn so yi? Na wose: Yɛreba abɛkyere Samson, na yɛayɛ no sɛnea ɔyɛɛ yɛn no. Na Yuda mmarima mpensa siim kɔɔ Etam botan tokuru no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: So wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so, na ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyere wo de wo akɔhyɛ Filistifo no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka me ntam sɛ mo ara de, morenyɛ me hwee. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na ɔkyere nko na yɛrebɛkyere wo de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na okum de, yɛrenkum wo. Na wɔde ntampehama foforo abien kyeree no, na wɔde no foro fii ɔbotan no mu. Ɔreyɛ adu Lehi no, Filistifo no bɔɔ no so ose. Na AWURADE honhom sii no so dennennen, na ntampehama a ɛwɔ ne basa ho no yeyɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na ne nhama no sansan fii ne nsa. Na ohuu afurum abogye foforo bi, na ɔteɛɛ ne nsa fae de kunkum mmarima apem. Na Samson kae sɛ: Mede afurum abogye ekuw ni, akuw abien ni mede afurum abogye makunkum mmarima apem. Na owiee ɔkasa no, ɔtow abogye no kyenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi. Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam. Na Onyankopɔn paee tokuru a ɛwɔ Lehi no mu, na nsu fi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom san bae na onyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de besi nnɛ ara. Na odii Israel anim Filistifo bere no so mfirihyia aduonu. Na Samson siim kɔɔ Gasa, na okohuu ɔbea aguaman bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no. Na Samson dae kosii ɔdasu mu, na ɔsɔree ɔdasu no mu, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi. Na ɛno akyi no, ɔdɔɔ ɔbea bi Sorek subon mu a ne din de Delila. Na Filistifo asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ dekode a n’ahoɔden kɛse no wɔ mu, ne dekode a yɛde betumi no na yɛakyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona apem ne ɔha. Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, dɛn mu na w’ahoɔden kɛse no wɔ, na ɛdɛn na wɔde bɛkyere wo abrɛ wo ase? Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhama momono ason a ɛnwoe kyere me a, ɛnne megurow, na mayɛ sɛ onipa biara. Ɛnna Filistifo asafohene no de nhamamono ason a ɛnwoe brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no. Nso na atɛwfo hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na ɔtetew nhama no mu sɛnea ogya ka mfiriwa a, ɛtetew no. Na wɔanhu n’ahoɔden no ase. Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo ɛ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehama foforo a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyere me a, ɛnna megurow mayɛ sɛ onipa biara. Na Delila faa ntampehama foforo de kyekyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Nso na atɛwfo no hyɛ pia mu. Na ɔtetew fii ne basa no sɛ asaawa. Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abedu sesɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me ti nwi atɔw ason no de fra ntamabamma nwene a, Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na otuu nea wanwene no mu akoroteaa no ne annwene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka sɛ: Medɔ wo, na wo koma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me dekode a w’ahoɔden kɛse yi wɔ mu. Na ɔde ne nsɛm guan ne ho daa nyinaa yeraw ne ho na ne kra home tew no kɔɔ owu mu no, ɛnna oyii ne koma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Oyiwan nkaa me ti da, efisɛ Onyankopɔn hotuafo ne me fi me na yam; sɛ woyi me ti a, na m’ahoɔden befi me ho, na magurow mayɛ sɛ onipa biara. Na Delila huu sɛ waka no ne komam asɛm nyinaa no, ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Mommra pɛnkoro yi, na waka me ne komam asɛm nyinaa. Na Filistifo asafohene no baa ne nkyɛn, na wokurakura sika no wɔn nsam. Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi ma obeyii ne ti nwi mmɛsa ason no, na ofii ase brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no fii ne ho kɔe. Na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na ose: Mefi adi sɛ kan no, na mahwanyan me ho. Nso na onnim sɛ AWURADE afi no ho. Na Filistifo no kyeree no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam awi apokyerɛfo fi. Na ne ti nwi fii ase fuwii, ne yi no akyi. Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa. Na ɔman no huu no no, woyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkae sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefo a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa. Na bere a wɔn ani agye no, wɔkae sɛ: Momfrɛ Samson na ommegoru nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson fii apokyerɛfo fi bae, na ogoruu wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam. Na Samson ka kyerɛɛ abofra a okura ne nsa no sɛ: Gyaa me na minsuso adum abien a ɔdan no si so no mu, na mintweri. Nso mmarima ne mmea ayɛ ofie hɔ ma, na Filistifo asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ ɔdan no atifi rehwɛ Samson agoru no. Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: Awurade Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na minni m’aniwa abien yi so were prɛko Filistifo so. Na Samson susoo mfinimfini adum abien a ɔdan no si so na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa soo biako mu na ɔde benkum soo biako mu. Na Samson kae sɛ: Ma me ne Filistifo no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na ofi no buruw guu asafohene no ne ɔman a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufo a ɔma wowui ne wu mu dɔɔso sen wɔn a ɔma wowui ne nkwa bere mu. Ɛnna ne nuanom ne n’agya fi nyinaa sian kɔe kɔfaa no de no foro bae besiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asiei. Na Samson dii Israel anim mfirihyia aduonu. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika. Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba. Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo. Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi. Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo. Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so. Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho. Na ɔbarima no fii Betlehem Yuda kurow no mu sɛ ɔkɔ baabiara a obenya; na n’akwantu no mu oduu Mika fi wɔ Efraim bepɔw so. Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mifi Betlehem Yuda, na menam, merekɔtena baabiara a menya. Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne ɔsɔfo, na mɛma wo dwetɛ du afirihyia ne atade biako ne w’aduan. Na Lewini no hyɛn mu. Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberante no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu biako. Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na aberante no dii no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi. Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi. Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; bere koro no ara mu nso na Danfo abusuakuw no rehwehwɛ agyapade atena so, efisɛ ɛde besi saa bere no, na agyapade bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuw no mu. Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ. Wɔwɔ Mika fi no ho no, wɔtee aberante Lewini no nne, na wɔman hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔde wo baa ha? Na ɛdɛn na woreyɛ wɔ ha? Na ɛdɛn nso na wowɔ wɔ ha? Na obuaa wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adi, na wabɔ me paa, na midi no sɔfo. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa? Na ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da. Na mmarima baanum no siim koduu Lais; na wohuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo sɛ Sidonfo, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na odi tumi asase no so, na wɔne Sidonfo ntam ware, na wɔne obi nni asɛm bi. Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: Amanneɛ? Na wose: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛahu asase no, na hwɛ, eye papaapa. Na moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no. Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo, asase no so na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so ade biara nyɛ na hɔ. Ɛnna Danfo abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode tu fii Sora ne Estaol. Na wɔkɔe, kɔbɔɔ nsra Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti, wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de besi nnɛ; hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi. Na wotwaam hɔ kɔɔ Efraim bepɔw so, na woduu Mika fi. Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ. Na wɔman hɔ, na woduu aberante Lewini no fi a ɛyɛ Mika fi, na wokyiaa no. Na mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode a wofi Danfo no mu no gyinaa abobow ano. Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔe kɔhyɛn hɔ faa ohoni a wɔasen ne asɔfotade ne abusua ahoni ne agude no, nso na ɔsɔfo no ne mmarima ahansia a wɔhyehyɛ akode no gyina abobow no ano. Na eyinom kɔhyɛn Mika fi kɔfaa ohoni a wɔasen, asɔfotade ne abusua ahoni ne agude no no, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na moreyɛ yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na wo ne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfo. So eye ma wo sɛ wubedi sɔfo ama onipa biako fi anaasɛ wubedi sɔfo ama Israel mu abusuakuw ne abusua? Ɛnna ɔsɔfo no penee, na ɔfaa asɔfotade ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasen no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu. Ɛnna wɔdan wɔn ho de kɔe, na wɔmaa mmofra ne afieboa ne nneɛma a ɛho hia dii wɔn anim. Wɔne Mika fi ntam twee ara yiye no, wɔfrɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ afi a ɛbemmɛn Mika fi no mu no behyiae, na wotiw Danfo no. Na wɔteɛɛm frɛɛ Danfo no, na wɔdannan wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo na wode dɔm a ɛte sɛɛ reba yɛn so yi? Na ose: M’anyame a meyɛe ne ɔsɔfo no, moafa de rekɔ, na ɛdɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, yi? Na Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuw ammɛtow anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fifo de. Na Danfo no sii wɔn kwan so kɔe. Na Mika huu sɛ wɔn ho yɛ den sen no no, ɔdan ne ho san baa ne fi. Na wɔn de, wɔfaa nneɛma a Mika yɛe no ne ɔsɔfo a onyae no kɔe koduu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔde gya hyew kurow no. Na ogyefo bi amma, efisɛ ɛne Sidon ware, na wɔne obi bi nni twaka; na ɛda obon a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kurow no tenaa mu, na wɔtoo kurow no din Dan, sɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din te; nanso anka kan no na kurow no din de Lais. Na Danfo no de ohoni a wɔasen no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfo maa Dan abusuakuw no de kosii asase no tukɔ da. Na wɔde Mika honi a wɔasen a ɔyɛe no sii hɔ fae nna a Onyankopɔn fi no wɔ Silo no nyinaa. Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda. Na ne ɔbea no fii n’akyi kɔbɔɔ aguaman, na ofii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fi Betlehem Yuda na okodii hɔ nna bi, asram anan. Na ne kunu no sɔre tiw no sɛ ɔkɔka no abodwoesɛm na ɔde no asan aba, na n’abofra ne mfurum abien ka ne ho. Na ɔbea no de no kɔɔ n’agya fi; na ababaa no agya huu no no, ɔde anigye hyiaa no. Na n’ase, ababaa no agya no, siankaa no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa; na wodidii, nomee na wɔtenaa hɔ. Na ne nnaana so no, wɔsɔree anɔpatutu, na osiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Fa abodoo afono ma bi dwudwo wo koma, na ɛno akyi no, moasi kwan so. Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani. Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no siankaa no, na ɔtenaa ase daa hɔ. Na ne nnaanum so no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ; na ababaa n'agya no kae sɛ: Dwudwo wo koma, na montwɛn nkosi sɛ owia bɛdan ne ho. Na wɔn baanu no didii. Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔne ɔbea no ne n’abofra no. Na n’ase, ababaa n'agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onwini redwo na ade reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesae abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua ahema asi kwan so akɔ fie. Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na okoduu Yebus a ɛne Yerusalem no ntentenso; na mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ɔbea no ka ne ho. Woduu Yebus no, na ade resa pa ara. Na abofra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmman nkɔ Yebusifo kurow yi mu nkɔda hɔ. Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmman nnkɔ ananafo a Israelfo mu bi nni ha kurow mu, na ma yentwam nkɔ Gibea. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Duom na yɛmmɛn nkurow no mu biako nkɔda Gibea anaa Rama. Na wotwaam kɔe, na owia kɔtɔɔ wɔn wɔ Gibea a ɛyɛ Benyamin de no ho. Na wɔman kɔɔ hɔ sɛ wɔkɔda Gibea. Na odui no, ɔtenaa kurow no abɔnten so, na obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fi sɛ wɔnkɔda hɔ. Na hwɛ, akwakoraa bi fi n’adwuma ano afum anwummere bae; na onipa no fi Efraim bepɔw so na ɔbɛsoɛɛ hɔho Gibea, na kurom hɔfo yɛ Benyaminfo. Na ɔmaa n’ani so, na ohuu ɔbarima kwantenni no kurow no abɔnten so, na akwakoraa no bisaa no sɛ: Ɛhe na worekɔ, na ɛhe nso na wufi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yefi Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mifi na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fi na merekɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fi. Nanso sare ne aduan wɔ hɔ ma yɛn mfurum no, na abodoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abofra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn. Na akwakoraa no kae sɛ: Asomdwoe nka wo. Mɛma wo nea ehia wo nyinaa; abɔnten so nko ara na nna! Na ɔde no kɔɔ ne fi, na ɔmaa mfurum no aduan, na wɔhohoroo wɔn anan ho, na wodidi nomee. Na wɔregye wɔn ahome no, hwɛ, kurom hɔfo mmabusufo bi betwaa ofi no ho hyiae, na wɔpempem ɔpon no, na wɔka kyerɛɛ ofiwura akwakoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fi no fi adi bra na yene no nna. Na ɔbarima fiwura no fii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fi yi, munnni nkwaseasɛm yi. Na me ba ɔbaabun ne ne mpena ni, momma memfa wɔn mimfi adi na mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn nea mopɛ. Na ɔbarima yi de, monnyɛ no nkwaseade a ɛte sɛɛ. Nanso mmarima no ampɛ sɛ wobetie no; ɛnna ɔbarima no soo ne mpena no mu de no fii adi brɛɛ wɔn abɔnten so; na wɔfaa no, yɛɛ no biribiara a wɔpɛ anadwo no ara kosii anɔpa, na ade kyee no, wogyaa no ma ɔkɔe. Na anim reyɛ abaabae no, ɔbea no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fi a ne wura wɔ mu no pon ano daa hɔ kosii sɛ anim tetewee. Na ne wura no sɔree anɔpa hiɛɛ ofi no apon fii adi sɛ ɔrekɔ ne kwan no, na hwɛ, ne mpena no da ofi no pon no ano, na ne nsa gu apongua ase de no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Nanso wammua. Ɛnna ɔbarima no faa no too afurum no so, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom. Na oduu ne fi no, ɔfaa ɔsekan na osoo ne mpena no mu de fofaa ne nnompe ntam kyɛɛ ne mu asinasin dumien, na ɔma wɔde kɔɔ Israel asase nyinaa so. Na obiara a ohui no, kae sɛ: Wɔnyɛe na wonhuu saa ade yi bi nso da, efi da a Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ da yi: Munnwen eyi ho mo tirim, muntu ho fo na monkasa. Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn. Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuw nyinaa mu mpanyimfo no, begyinaa Onyankopɔn man guabɔ no mu, wosi mmarima ɔpehannan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrante. Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo asim kɔ Mispa. Na Israelfo no kae sɛ: Monka nkyerɛ yɛn ɛ, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte sɛɛ yi? Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbea a wodii no awu no kunu no buae sɛ: Miduu Gibea a ɛyɛ Benyamin de no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ. Na Gibeafo no sɔre hyɛɛ me, na me nti wotwaa ofi no ho hyiae anadwo, anka me na wɔrepɛ me akum me, na wɔbrɛɛ me mpena no ase ara ma owui. Na misoo ɔbea no mu mitwitwaa no asinasin, na mema wɔde kɔɔ Israel agyapade asase nyinaa so, efisɛ wɔayɛ abusude ne nkwaseade, Israel mu. Na afei mo Israelfo nyinaa ni, momma yɛn mo adwene ne afotu wɔ ha yi ara. Na ɔman no nyinaa sɔre gyinae sɛ ɔbarima biako kae sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ne ntamadan mu, na yɛn mu biara remman ne fi. Na afei eyi ne asɛm a yɛne Gibea bedi: Yɛbɛkɔ wɔn so ntonto so, na yɛayi nnipa ɔha mu du, Israel mmusuakuw nyinaa mu, ne apem mu ɔha, ne ɔpedu mu apem, na wɔakɔfa aduan abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wodii Israel mu no nyinaa te. Na Israel mmarima no nyinaa kohyia hyɛɛ kurow no; wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima biako. Na Israel mmusuakuw somaa nnipa kɔɔ Benyamin abusuakuw nyinaa mu kae sɛ: Dɛn adebɔne ara ne nea wɔayɛ mo mu yi? Na afei munyi mma abusufo a wɔwɔ Gibea no mmra na yenkum wɔn, na yenyi bɔne no mfi Israel. Na Benyaminfo no ampɛ sɛ wotie wɔn nuanom Israelfo no. Na Benyaminfo no fifi nkurow mu bɛboaa wɔn ho ano Gibea, sɛ wobefi ne Israelfo akɔko. Na wɔkan Benyaminfo da no ara, wɔn a wofifi nkurow mu, nnipa ɔpeduonu asia a wɔtwe nkrante; ɛsono Gibeafo a wɔkan wɔn a wosi mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn no. Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn yɛ abenkumfo, wɔn nyinaa tumi tow nwi po ataabo a ɛmfom. Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, woyi Benyamin fi mu a, wosi mmarima ɔpehanan a wɔtwe nkrante. Eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan. Na Israelfo sɔree anɔpa kɔbɔɔ Gibea so nsra. Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea. Na Benyaminfo no fii adi fii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima ɔpeduonu abien guu fam da no ara. Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wotwitwaa wɔn mpasua bio nea wotwitwaa da a edi kan hɔ no ara. Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so. Na Israelfo twiw baa Benyaminfo so da a ɛto so abien no. Na Benyamin fii adi fii Gibea da a ɛto so abien no, na wɔkaa Israelfo mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante. Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim. Na Israelfo no bisaa AWURADE, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ nna no mu, na Aaron ba Eleasar ba Pinehas na ogyina n’anim nna no mu, na wɔkae sɛ: So mimfi adi bio ne me nua Benyamin mma no nkɔko anaasɛ minnyae? Na AWURADE kae sɛ: Monkɔ na ɔkyena mede no mɛhyɛ mo nsa. Ɛnna Israel de atɛwfo twaa Gibea ho hyiae. Na Israelfo no siim kɔɔ Benyaminfo no so da a ɛto so abiɛsa no, na wotwitwaa Gibea so mpasua sɛ kan no. Na Benyaminfo no fii adi behyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn fii kurow no mu, na wofii ase bobɔɔ nnipa no bi kunkum wɔn sɛ kan no, atempɔn a biako kɔ Betel na biako kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa. Na Benyaminfo no kae sɛ: Wɔadi yɛn anim nkogu sɛ kan no. Na Israelfo no kae sɛ: Momma yenguan, na yɛntwe wɔn mfi kurow no mu mmra atempɔn so. Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔree fii wɔn afa, na wokotwaa mpasua wɔ Baal-amar. Na Israel atɛwfo no fifii adi fii wɔn afa, Geba bodan no ho. Na mmarima ɔpedu a wɔapaw wɔn Israel nyinaa mu no befii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfo no nnim sɛ amane rebɛto wɔn. Na AWURADE kum Benyamin Israel anim, na Israelfo no dwerɛw Benyamin mmarima ɔpeduonu anum ne ɔha da no. Eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante. Na Benyaminfo no huu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima no bɔɔ twitwi na wɔmaa Benyamin kwan, efisɛ wɔn ani da atɛwfo a wɔama wɔakɔtetɛw Gibea no so. Na atɛwfo no yɛɛ ntɛm kɔtow hyɛɛ Gibea so, na wɔde nkrante kunkum kurow mu no nyinaa. Nso ɔkasasie a ɛda Israel mmarima no ne atɛwfo no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma owusiw kumɔnn a ɛso fi kurow no mu sɔre kɔ soro a, Israel mmarima no nnan wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afi ase abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wose: Ɔka ara na yɛaka wɔn agu wɔ yɛn anim sɛ kan ko no mu. Na nnyahyewee no fii ase ma owusiw kumɔnn no sɔre fii kurow no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, kurow mu no rehyew na ne wusiw reforo kɔ ɔsoro. Na Israel mmarima no nso dannan wɔn ho, na nketenkete kitaa Benyamin mmarima no, efisɛ wohuu sɛ amane ato wɔn. Na wɔdan wɔn akyi Israel mmarima no anim faa sare so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wofifi nkurow mu bae no dwerɛw wɔn wɔn mu. Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tiw wɔn ara koduu wɔn asoɛe pam wɔn kosii Gibea ntentenso, Apuei fam. Na Benyamin mmarima mpem dunwɔtwe totɔe; eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. Ɛnna wɔdan wɔn ho guan kɔɔ sare so fam Rimon botan no ho. Na wotwitwaa wɔn sɛ wɔdɔw sare, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wotu taree wɔn dii wɔn akyi koduu Gidom, na wokunkum wɔn mu mmarima mpennu. Na Benyamin atɔfo a wɔtotɔe da no nyinaa si mmarima ɔpeduonu anum a wɔtwe nkrante; eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. Na mmarima ahansia nko na wɔdan wɔn ho guan kɔɔ sare so kɔɔ Rimon botan no so, na wɔkɔtenaa Rimon botan no ho asram anan. Na Israel mmarima no san wɔn akyi baa Benyaminfo no so, na wɔde nkrante kunkum wɔn, nnipa ne mmoa, ne nea wɔn nsa kae nyinaa; nso wɔtotoo nkurow a woduu so nyinaa mu gya. Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware. Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse. Na wɔkae sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛdɛn nti na eyi aba Israel, sɛ nnɛ Israel mu abusuakuw biako nni hɔ yi? Na ade kyee no, ɔman no tuaa ahema sii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no. Na Israelfo no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wose: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuw biako afi Israel mu akyene. Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware? Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu. Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, Yabes-gileadfo mu biara nni hɔ. Ɛnna asafo no somaa akofofo no mu mmarima ɔpedumien, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkokum Yabes-gileadfo no mmea ne mmofra nkrante ano. Na eyi ne ade a monyɛ: Mmarima nyinaa ne mmea a wonim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasaa. Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛnna asafo no nyinaa soma ma wɔne Benyaminfo a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasae, na wɔkaa wɔn asomdwoesɛm. Na Benyamin san bae bere no mu, na wɔde mmea a wogyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmea mu no momaa wɔn aware; nanso anso wɔn. Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntewmu aba Israel mmusuakuw mu. Na asafo no mu mpanyimfo no kae sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no? Efisɛ Benyamin mu mmea ase agu. Na wɔkae sɛ: Aguanfo a wofii mu no agyapade ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampopa abusuakuw bi amfi Israel. Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware. Na wɔkae sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa daa afe Silo a ɛwɔ Betel benkum fam, ɔtempɔn a efi Betel kɔ Sekem no apuei fam ne Lebona nifa fam. Na wɔhyɛɛ Benyaminfo no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛw wɔn bobe nturo no mu, na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no fi adi bɛsaw wɔn asaw no a, mumfi adi mfi bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɔyere mfi Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so. Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yebese wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɔyerenom amma wɔn mmiako mmiako, dɔm no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sesɛɛ de, moadi so. Na Benyaminfo no yɛɛ saa, na wɔfofaa yerenom sɛ wɔn dodow te fii wɔn a wɔbɛsawee a wɔkyeree wɔn no mu. Na wosii mu san kɔɔ wɔn agyapade so, na wɔkyekyee nkurow no tenatenaa mu. Na Israelfo no nso fii hɔ bere no mu kokɔɔ wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua mu, na wofii hɔ kokɔɔ wɔn agyapade ho. Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so. Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu. Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na woduu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ. Na Elimelek, Naomi ne kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no. Na wɔwaree yerenom Moabfo mu, obiako din de Orpa, na obiako no din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du. Na wɔn baanu no: Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbea no (Naomi) nko ne mma baanu no ne kunu no wu akyi. Ɛnna ɔsɔree, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresan afi Moab asase so aba, efisɛ ɔtee wɔ hɔ sɛ: AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan. Na ofii nea ɔwɔ hɔ, na ne nsewnom baanu no ka ne ho. Na wosii kwan so sɛ wɔresan aba Yuda asase so. Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsewnom baanu no sɛ: Monsan nkɔ mo nanom fi. AWURADE ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo no ne me adi no yi. AWURADE mma munnya atenaye mo kununom fi. Na ofifew wɔn ano; na wɔmomaa wɔn nne so susui. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsan akɔ wo manfo nkyɛn. Na Naomi kae sɛ: Me mma, monsan! Ɛdɛn na mo ne me bɛkɔ? So mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom? Me mma, monsan nkɔ! Na manyin dodo sɛ menya okunu. Sɛ mise: Mewɔ anidaso, na minya okunu anadwo yi na mewo mmammarima po a, so ɛno nti mobɛtwɛn wɔn akosi sɛ wobenyin anaa? So ɛno nti mobɛtena hɔ a morenware anaa? Dabi, me mma, na ɛyɛ me awerɛhow dodo mo nti, efisɛ AWURADE ne me anni no yiye. Na wɔmomaa wɔn nne so susui bio. Na Orpa few ne sew no ano de kraa no; na Rut de, ɔbataa ne ho. Na Naomi kae sɛ: Hwɛ, wo kora asan kɔ ne manfo ne n’anyame nkyɛn. San di wo kora akyi! Na Rut kae sɛ: Nhyɛ me sɛ minnyaw wo mensan mimfi w’akyi; na nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn; nea wubewu, na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me; AWURADE nyɛ me eyi ne bi nka ho, sɛ gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam. Na Naomi hui sɛ wawe ahina so sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔne no gyaee kasa wɔ ho. Na wɔn baanu no nantew beduu Betlehem. Na woduu hɔ no, wɔn nti kurow no nyinaa bɔɔ twi na wɔkae sɛ: So Naomi ni? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no bɔnwoma so sɛ! Mekɔɔ no ma, na AWURADE de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Naomi, bere ko a AWURADE ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi? Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut san fii Moab asase so bae ni. Na woduu Betlehem no, na wɔafi atokotwa ase. Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ofi Elimelek abusua mu a ne din de Boas. Na Rut, Moabni bea no, ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuw mu minkodi mmɛtem no mpɛpɛw, nea menya n’anim anuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meba, kɔ ɛ! Na ɔkɔ kodii mpɛpɛw afuw mu wɔ awitwafo no akyi; na okofii afuw bi a ɛyɛ Boas a ofi Elimelek abusua mu no de mu. Na hwɛ, Boas fi Betlehem bae, na okyiaa awitwafo no sɛ: AWURADE nni mo akyi. Na wogyee no so sɛ: AWURADE nhyira wo. Ɛnna Boas bisaa n’abofra a ogyina awitwafo no akyi no sɛ: Hena ababaa ni? Na obuaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi san fii Moab asase so bae no. Ɔbɛsrɛɛ sɛ: Ma minni awitwafo no akyi minni mpɛpɛw mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na okura mu ara de fi anɔpa de abedu sesɛɛ a bere tiaa bi pɛ na ɔde ahome. Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: Me ba, tie! Nkɔ afuw bi mu nkodi mpɛpɛw, nso mfi ha, na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho. Hwɛ afuw no fa a wotwa hɔ na di wɔn akyi. Hwɛ, mahyɛ mmerante no sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, kɔ nneɛma no ho kɔnom nea mmerante no asaw no bi. Ɛnna Rut de n’anim butuwii fam, na ɔkotow ka kyerɛɛ Boas sɛ: Ɛdɛn nti na manya w’anim anuonyam, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi? Na Boas buaa no sɛ: Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no nyinaa, wɔaka ne nyinaa akyerɛ me: Sɛnea wugyaw w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ so, na wonam baa ɔman a wunnim wɔn da yi nkyɛn no. AWURADE nhyɛ wo, wo nneyɛe ananmu na nya akatua mu fi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam. Na ɔkae sɛ: Me wura, ma menkɔ so ara nya w'anim adom, efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoesɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara po. Na eduu adidibere no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bra ha na bedi aduan no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa nyinyanyinya no mu. Na ɔbɛtenaa awitwafo no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee ma ebi kae. Na ɔsɔree sɛ ɔrekodi mpɛpɛwa no, Boas hyɛɛ ne mmerante no sɛ: Momma onni afiafi no nso ntam mpɛpɛw, na mummpoopoo no. Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyaw ngu fam mma no, na onni no mpɛpɛw; na monnhaw no. Ɛnna odii afuw no mu mpɛpɛw de koduu anwummere, na ɔporow mpɛpɛw a odii no; na ɛyɛɛ bɛyɛ atoko olonka biako. Na ɔsoa baa kurow no mu; na n’ase huu nea ɔtasee no; na oyii nea odi mee na ɛkae no maa no. Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: Ɛhe na wukodii mpɛpɛw nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka nea n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas. Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no, AWURADE a onnyaee ateasefo ne awufo adɔeyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no yɛ yɛn busuani, ɔyɛ yɛn bogya. Na Moabni Rut kae sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmerante a mewɔ yi ho na bata kosi sɛ wobewie nea mewɔ nyinaa twa. Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: Me ba, eye sɛ wo ne ne mmaawa no bɛkɔ, na wɔanhaw wo, wɔ afuw foforo bi mu. Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛw de kosii sɛ wowiee atoko ne awi no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn. Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomee memma wo na asi wo yiye anaa? Hwɛ, yɛn manni, Boas a wo ne ne mmaawa nantewee no wɔ hɔ; ɔrehuw atoko so anadwo yi wɔ awiporowbea. Na guare na sra hyɛ wo ntade na sian kɔ aporowee hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kosi sɛ obewie adidi ne ɔnom ansa; na sɛ ɔkɔda na wukohu ne dabere hɔ a, kɔ koyi n’anafo ntama na da hɔ; na ɔno ara bɛkyerɛ wo nea yɛ. Na obuaa no sɛ: Mɛyɛ nea woka nyinaa. Na osian kɔɔ aporowee hɔ kɔyɛe sɛnea n’ase hyɛɛ no nyinaa. Na Boas didi nomee na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuw no ano hɔ. Na ɔbae komm beyii n’anafo ntama na ɔdaa hɔ. Na ɔdasum no, ɔbarima no bɔɔ birim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, ɔbea da n’anafo. Na ɔkae sɛ: Ɛyɛ wo hena? Na ose: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛw w’atade mmuano mu fa kata w’abaawa so, na abusua mu gyefo ne wo. Na ɔkae sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi. Na afei, me ba, nsuro. Nea woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, efisɛ me manfo a wɔfa kurow pon ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa. Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefo ne me, nanso abusua mu gyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn sen me. Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ogyefo ade a, eye, ma ɔnyɛ ogyefo: Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ogyefo ade a, ɛnne, sɛ AWURADE te ase yi, me na mɛyɛ wo ogyefo. Da ma ade nkye. Na ɔdaa n’anafo hɔ koduu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehu ne yɔnko. Na ɔkae sɛ: Wɔmmma wɔnnte sɛ ɔbea no baa aporowee ha. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatama a egugu wo so no bra, na so mu. Na osoo mu, na osusuw atoko susukora asia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kurow no mu. Na oduu n’ase nkyɛn no, obisaa sɛ: Ɛte dɛn, me ba? Na ɔkaa nea ɔbarima no yɛɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔkae sɛ: Atoko susukora asia yi na ɔmaa me, na ose, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn. Na Naomi kae sɛ: Tena hɔ, me ba, kosi sɛ wubehu sɛnea asɛm yi besi, efisɛ ɔbarima no renhome gye sɛ owie asɛm yi di nnɛ ansa. Na Boas kɔɔ kurow pon no ano kɔtenaa hɔ; na hwɛ, abusua mu gyefo a Boas bɔɔ ne din no retwam. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asiamasi ee, man bra bɛtena ha. Na ɔman bɛtenaa ase. Na ɔfrɛɛ kurow no mu mpanyin mu du bae, na ɔkae sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase. Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefo no sɛ: Naomi a ɔsan fii Moab asase so bae no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek de no. Na me de, mise: Meyi wo asotiw sɛ tɔ wɔ nkurɔfo yi ne me mpanyin yi anim. Sɛ wubegye a, gye, na sɛ wunnye a, ka kyerɛ me na minhu, efisɛ obi nni hɔ a obegye sɛ wo ne me a midi w’akyi. Na ɔkae sɛ: Me ara megye. Ɛnna Boas kae sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni bea Rut a ɔyɛ ɔsaman yere no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyade ho. Ɛnna ogyefo no kae sɛ: Merentumi minnye memfa, na mansɛe m’ankasa m’awunyade. Wo na kogye m’ade a ɛsɛ sɛ migye no fa, na merentumi minnye. Nso ogye ne nsesa ho amanne a kan no ɛwɔ Israel ni: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, oyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na eyi na wɔde yɛ adanse wɔ Israel. Enti ogyefo no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na oyii ne mpaboa. Na Boas ka kyerɛɛ mpanyin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefo nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nneɛma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nneɛma nyinaa afi Naomi nsam. Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapade mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfi ne nuanom mu ne ne kurow pon ano; mone adansefo nnɛ! Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem. Na w’asefo a AWURADE de bɛma wo afi ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fi no asefo. Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. Na mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ogyefo ammɔ wo nnɛ, na nhyira nka ne din wɔ Israel. Na ɔnyɛ wo nkwamafo ne wo mmerewabere mu hwɛfo, efisɛ wo sew a ɔdɔ wo a oye ma wo sen mmammarima baason no na awo no. Na Naomi gyee akokoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔba gyigyefo. Na n’afipamfo mmea no kae sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wotoo no din, frɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid nana: Yese n’agya. Eyinom ne Peres awo ntoatoaso: Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed, na Obed woo Yese, na Yese woo Dawid. Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf. Na ɔwɔ yerenom baanu, obiako din de Hana, na obiako nso de Penina. Na Penina wɔ mma, na Hana de, onni ba. Daa afe ɔbarima yi fi ne kurom kɔ sɛ ɔkɔsom na wabɔ afɔre ama asafo AWURADE wɔ Silo. Ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas yɛ asɔfo ma AWURADE. Da a Elkana bɔ afɔre no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmabea nyinaa kyɛfa. Na Hana de, ɔma no baanu kyɛfa, efisɛ ɔdɔ no nanso AWURADE ato ne yafunu mu. Na ne kora no yi no ahii pii, de huru ne bo, efisɛ AWURADE ato ne yafunu mu. Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi. Na ne kunu Elkana bisaa no sɛ: Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minnye memma wo mensen mmammarima du? Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho. Na Hana kra werɛ howee, na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na ɔde yaw sui. Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnne mede no mɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti. Na ogu so rebɔ mpae AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano; na Hana kasae ne koma mu; na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne de, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofo. Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Enkosi da bɛn na wobɛbow nsa? Yi nsanom fi w’ani so. Na Hana buae sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbea werɛhowfo. Bobesa ne nsa biara de, mennom bi ɛ, na mihwiee me kra miguu AWURADE anim. Mfa w’abaawa nto ɔbea sansani bi ho, efisɛ m’awerɛhow ne me yaw dodow mu na makasa mabesi sesɛɛ yi. Ɛnna Eli buae sɛ: Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no. Na Hana buae sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim dom. Ɛnna ɔbea no siim kɔe kodidii, na n’anim nte sɛ kan no bio. Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree wɔ AWURADE anim, na wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama. Na Elkana ne ne yere Hana dae, na AWURADE kaee no; na afe dui no, na Hana anyinsɛn awo babarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkae sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no fii. Na ɔbarima Elkana ne ne fifo nyinaa foro kɔe sɛ ɔkɔbɔ afirihyia afɔre de n’aboade akɔma AWURADE. Na Hana de, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abofra no atwa nufu ansa na mede no mɛkɔ, na wakopue AWURADE anim, na watena hɔ daa. Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea eye w’ani so. Tena hɔ kosi sɛ wubetwa akokoaa no nufu ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma ennyina. Na ɔbea no tenaa hɔ maa ne ba no nufu de kosii sɛ otwaa no nufu. Na otwaa no nufu wiei no, Hana faa abofra no kaa ne ho, de nantwinini a wadi mfe abiɛsa, asikresam olonka biako ne bobesa tumpan kɛse ma de no baa AWURADE fi Silo; na abofra no nnyinii ɛ. Na wokum nantwinini no, na wɔde abofra no brɛɛ Eli. Na ɔkae sɛ: O me wura, sɛ wo kra te ase yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpae no. Abofra yi ho mpae na mebɔe, na AWURADE ama me nea mesrɛɛ no hɔ no. Enti nso, mede no refɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena ase nyinaa ɔyɛ AWURADE dea. Na wɔsɔree AWURADE wɔ hɔ. Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu. Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn. Monnkasa ahantan kasa bebree sa, mommma ahomaso kasa mmfi mo anom, na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛe. Ahoɔdenfo ta bubu, na mmerɛwfo de, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so; wɔn a wɔmee kodi aduan ho paa, na pititɔfo kɔm gu; obonin po wo asɔn, na nea ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafo. AWURADE na okum, na ɔma nkwa; ɔma wosian kɔ asaman na ɔma wɔforo fi adi. AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yiye; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so. Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so. Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim. AWURADE atamfo bewie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bebu asase ano atɛn, ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama nea wasra no ngo no abɛn so. Na Elkana kɔɔ ne fi Rama; na abofra no som AWURADE, ɔsɔfo Eli anim. Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE. Na asɔfo ade a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔre a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfo no abofra aba, na okura adinam a ano abiɛsa, na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa kyew dade anaa kutu no mu, na nea adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfo no afa; saa ara na wɔyɛ Israelfo a wɔba Silo hɔ nyinaa. Nso wonnya nhyew srade no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfo no somfo abɛka akyerɛ nea ɔrebɔ afɔre no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfo; na onnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom nammono. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔrebɛhyew srade no mprempren ansa na woafa dodow biara a wopɛ a, ɔsomfo noka sɛ: Daabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so. Enti mmerante no bɔne soe kɛse, AWURADE anim, efisɛ nnipa no buu AWURADE aduan afɔre no animtiaa. Na Samuel de, ɔsomee AWURADE anim; ɔyɛ abofra a wɔde nwera asɔfotade abɔ ne mu. Nso ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde brɛ no daa afe a ɔne ne kunu rebɛbɔ daa afe afɔre no. Na Eli hyiraa Elkana ne ne yere se: AWURADE mma wo asefo mfi ɔbea yi mu nsi nea ɔde no afɛm AWURADE yi ananmu. Na wosiim kɔɔ wɔn kurom. Na AWURADE hyiraa Hana, na onyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmabea baanu. Na abofra Samuel no nyinii AWURADE anim. Nso Eli abɔ akora sɛ, na ɔtee nea ne mma de yɛ Israel nyinaa, no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔyɛ ahyiae ntamadan ano adwuma no da. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mudi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi fi ɔman yi nyinaa anom. Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na mete sɛ AWURADE manfo no ka fa mo ho kyin yi. Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hena na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya asɛm, efisɛ na AWURADE repɛ akum wɔn. Na abofra Samuel no kɔɔ so ara nyinii, na onyaa anisɔ AWURADE ne nnipa anim. Na Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Me na miyii me ho adi mekyerɛɛ w’agya fi, bere a wɔwɔ nkoasom mu Misraim, Farao fi no, na miyii no Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ommedi me sɔfo na ɔmmɔ m’afɔremuka so ɔhyew afɔre na ɔnhyew aduhuam na ɔnhyɛ asɔfotade no m’anim, na mede Israelfo gya afɔre nyinaa memaa w’agya fi. Ɛdɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne m’aduan afɔre a mahyɛ sɛ wɔmmɔ, me tenabea no so, na wudi wo mma ni sen me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛde nyinaa mu ade a edi kan yɛ mo ho yiye? Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora. Hwɛ, nna bi reba a metwa wo basa ne w’agya fi basa, na akwakoraa bi renka wo fi. Na sɛ wuhu yiye a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahia wo wɔ me tenabea hɔ, na akwakoraa bi renka wo fi da biara da. Nanso nea merentwa no nkyene wɔ m’afɔremuka ho, no ani bɛyɛ siamoo na wahyɛ ne kra awerɛhow; na wo fi dodow bewuwu wɔn mmerantebere mu. Na eyi nyɛ wo nea ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, so no ho sɛnkyerɛnne: Da koro na wɔn baanu no bewuwu. Na mɛma ɔsɔfo nokwafo so mafa: Ɔbɛyɛ nea ɛwɔ me koma ne me kra mu, na mɛkyekye ofi a etim hɔ mama no, na wanantew nea masra no no anim nna nyinaa. Na nea ɔbɛka wo fi no bɛba abɛkotow no agye dwetɛbona ne abodoo sebɔw, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfo adwuma no biako bi mu, na manya abodoo buprɛko bi madi. Na abofra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛna saa bere no mu, na anisoadehu ntaa nni hɔ. Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye, na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii na Samuel da AWURADE asɔredan mu, nea Onyankopɔn adaka no si hɔ no. AWURADE frɛɛ Samuel se: Samuel, Samuel, na ose: Mini. Na otuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na Eli buae sɛ: Memfrɛɛ wo ɛ, san kɔda. Na ɔkɔdae. Na AWURADE frɛɛ Samuel bio sɛ Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na ose: Memfrɛɛ wo ɛ, me ba, san kɔda. Nso na Samuel nnya nhuu AWURADE, na wonnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no ɛ. Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel nea ɛto so abiɛsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hui sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abofra no, enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne dabere. Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israelfo mu a obiara a ɔbɛte no aso abien mu bɛyɛ no yɔnn. Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei. Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim. Na enti maka ntam afa Eli fi ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔre ne aduan afɔre pata ma Eli fi mpo a, ɛrempopa wɔn amumɔyɛ no da biara da. Na Samuel dae koduu anɔpa, na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no. Na Samuel suroe sɛ ɔbɛka ade a ohui no akyerɛ Eli. Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel! Na ose: Mini! Na ɔkae sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo no? Nsiw me so. Sɛ wusiw me asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho. Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ. Na Samuel renyin no, na AWURADE di n’akyi, na asɛm biara a ɔkae no baa mu. Na Israel nyinaa, efi Dan kosi Beer-seba, hui sɛ wɔde Samuel asi hɔ, sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifo. Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo; na AWURADE de n’asɛm yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo. Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek. Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan. Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam. Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho. Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee. Na Filistifo tee osebɔ no, wɔkae sɛ: Hebrifo nsram osebɔ kɛse yi ase ne dɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsra no mu. Ɛnna Filistifo no suroe, na wose: Onyankopɔn aba nsra no mu. Na wɔkae sɛ: Buei, yennue! Na ɛmmae sɛɛ pɛn. Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no. Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko. Na Filistifo no koe, na Israel dii nkogu, na wɔn nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu; na ɛyɛɛ okunkɛse sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu ɔpeduasa totɔe. Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe. Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi. Na odui no, na hwɛ, Eli te agua so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Onyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kurow mu no nyinaa sui. Na Eli tee osu no, ɔkae sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi ase ne dɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli. Nso na Eli adi mfe aduakron awotwe, na n’ani so ayɛ wusiwusi, na onhu ade yiye. Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene nea ofi mpasua so mebae no. Ɛnnɛ na mifi mpasua no so miguanee. Na ose: Asɛm no te dɛn, me ba? Na ɔbɔfo no buae sɛ: Israelfo adi nkogu Filistifo anim, na wɔakunkum Israelman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso atotɔ, na atamfo no afa Onyankopɔn adaka no. Na ɔbɔɔ Onyankopɔn adaka no din no, Eli fi n’agua so tew faa n’akyi hwee ase ɔpon kɛse no ho, na ne kɔn mu bui, na owui, efisɛ ɔyɛ akwakoraa na ɔyɛ duru. Na wahwɛ Israel so mfe aduanan. Na ne sew, Pinehas yere, anyinsɛn na n’awo bere reyɛ adu. Na ɔtee asɛm no sɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no, na n’ase ne ne kunu awuwu no, awoko yaw patu kaa no, na ɔkotow woe amonom hɔ ara, na yaw dodow no nti, owui. Na ɔregyaa mu no, mmea a wogyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawo yi. Nanso wammua, na wammu. Na ɔtoo abofra no din Ikabod, ase ne: Anuonyam wɔ he? Ɛna ose: Ɔfa a wɔafa Onyankopɔn adaka no, ne n’ase ne ne kunu wu no nti, anuonyam no afi Israel kɔ. Enti na ose: Anuonyam apa afi Israel, efisɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no. Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod. Na Filistifo no de Onyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fi, na wɔde kosii Dagon nkyɛn. Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea. Na ade kyee a wɔsɔree anɔpatutu no, hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon ti ne ne nsa abien abubu gugu apongua no so, na Dagon kuntunsin nko na aka. Enti Dagon asɔfo ne wɔn a wɔba Dagon fi nyinaa ntia apongua no so wɔ Asdod de besi nnɛ. Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu. Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon. Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kae sɛ: Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wose: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ. Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn. Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man! Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ. Na nnipa a wɔanwuwu no, mpobia sisii wɔn, na kurow no mufo su foro kɔɔ soro. Na AWURADE adaka no dii Filistifo asase so asram asɔn. Ɛnna Filistifo frɛfrɛɛ asɔfo ne akɔmfo sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea. Na wɔkae sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodi afɔre nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfi mo so yi. Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so. Enti monyɛ mo mpobia no sɛso ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no sɛso, na momfa anuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afi mo ne mo anyame ne mo asase so. Na ɛdɛn nti na moyɛ mo koma dennen sɛ Misraimfo ne Farao yɛɛ wɔn koma dennen no? So ɛnyɛ sɛ ɔyɛɛ wɔn ade wiei no ansa na wɔtoo wɔn kwan ma wɔkɔe? Na afei monyɛ teaseɛnam foforo, na momfa anantwibere abien a wɔma nufu a kondua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no, na montetew wɔn mma mfi wɔn ho nkɔ ofie; na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinne a mode rekɔyɛ asodi afɔre ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na munnya no kwan na ɛnkɔ. Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn. Na nnipa no yɛɛ sa, na wɔfaa anantwi abien a wɔma nufu de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu ofie; na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpobia sɛso no wɔ mu no kaa ho. Na anantwi no faa ɔkwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekɔ no na wɔde su, na wɔamman ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifo asafohene no dii wɔn akyi koduu Bet-semes hye so. Nso na Bet-semesfo retwa wɔn awi obon bi mu; na wɔmomaa wɔn ani so huu adaka no, na ne hu no yɛɛ wɔn anigye. Na teaseɛnam no duu Bet-semesni Yosua afuw mu na egyinaa hɔ; nso ɔbo kɛse bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE. Na Lewifo no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinne no wɔ mu no sisii ɔbo kɛse no so; na Bet-semesfo no bobɔɔ ɔhyew afɔre na wokunkum okum afɔre da no ara maa AWURADE. Na Filistifo asafohene baanum no hui no, wɔsan kɔɔ Ekron da no ara. Na eyinom ne sika mpobia a Filistifo de yɛɛ asodi afɔre de brɛɛ AWURADE no: Asdod de biako, Gasa de biako, Askelon de biako, Gat de biako, Ekron de biako; ne sika nkura no, sɛnea Filistifo nkurow a ɛyɛ asafohene baanum no de ano si no, efi nkurow a wɔatoto ho afasu so de kosi petee mu nkuraa so. Na adanse ne ɔbo kɛse a wɔde AWURADE adaka no sii so no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuw mu besi nnɛ da yi. Na okum Bet-semesfo no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na okum ɔman no mu nnipa aduɔsɔn ne nnipa ɔpeduonum. Na ɔman no dii nkɔmmɔ sɛ AWURADE de okum kɛse akum ɔman no mu bi. Na Bet-semesfo no kae sɛ: Hena na obetumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hena nkyɛn na omfi yɛn nkyɛn nkɔ? Na wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-yearimfo nkyɛn sɛ: Filistifo de AWURADE adaka no aba na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn. Na Kiriat-yearimfo bae bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fi, koko no so, na wodwiraa ne ba Eleasar sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so. Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛe wɔ hɔ; edii mfirihyia aduonu. Na Israel fi nyinaa dii nkɔmmɔ hwehwɛɛ AWURADE akyi kwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam. Ɛnna Israelfo no yii Baal nyinaa ne Astarot, na wɔsom AWURADE nko. Na Samuel kae sɛ: Munhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpae memma mo. Na wobehyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu AWURADE anim, na wobua dae da no, na wɔkae hɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel dii Israelfo hene wɔ Mispa. Na Filistifo tee sɛ Israelfo akohyia Mispa no, Filistifo asafohene foro baa Israel so. Na Israelfo tee no, wosuroo Filistifo no. Na Israelfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam. Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so. Na Samuel rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no twiw bɛnee sɛ wɔne Israelfo rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛse guu Filistifo no so da no, na ɔkaa wɔn gui ma wɔtotɔe Israelfo anim. Na Israel mmarima fii adi fii Mispa kɔtaa Filistifo no, na wokunkum wɔn ara kosii Betkar ase. Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi. Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa. Na wɔdan nkurow a Filistifo agye Israel nsam no maa Israel, efi Ekron kosi Gat, ne ɛho nsaase nso, Israel gyee Filistifo nsam. Na asomdwoe baa Israelfo ne Amorifo ntam. Na Samuel yɛɛ ɔkannifo wɔ Israel ne nkwa nna nyinaa. Na afe biara afe okyin kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔyɛ ɔkannifo wɔ nkurow yi nyinaa mu. Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE. Bere a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so sɛ akannifo. N’abakan din de Yoel, na nea ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ akannifo wɔ Beer-seba. Na ne mma no de, wɔansɛ wɔn agya ɔkwan biara so, na wɔman kodii mfaso akyi, wogyigyee adammude, na wobubuu ntɛnkyew. Ɛnna Israel mpanyin nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te. Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkae sɛ: Ma yɛn ɔhene na onni yɛn kan no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpae. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene. Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi. Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde. Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔmanfo a wobisaa no hɔ ɔhene no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔhene a obedi mo so no apɛde: Ɔbɛpaw mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ n’awɛnfo na ɔde wɔn asisi mpem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔw n’asase na wɔatwa ne nnɔbae, na wɔayɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho ade. Na ɔbɛfa mo mmabea ayɛ adufrafo, soodofo ne abodootofo. Na ɔbɛfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu nea eye de ama n’asomfo. Na obegye mo awifuw ne bobe nturo aba mu ntotoso du du de ama ne gyaasefo ne n’asomfo. Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmerante mu ahoɔdenfo, ne mo mfurum de ayɛ n’adwuma. Obegye mo nguan mu ntotoso du du. Na mobɛyɛ no nkoa. Na bere bi bɛba a, mo hene a moayi no adi mo so no nti, mubesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua mo. Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so, na yɛn nso nyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no nni yɛn anim nni ako mma yɛn. Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE asom. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si ɔhene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: Obiara nkɔ ne kurom. Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu. Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul; aberante no ho yɛ fɛ, Israelfo mu de obiara nsen no ahoɔfɛ. Efi ne mmati rekɔ no, ɔware sen obiara, ɔman no mu. Na Saul n’agya Kis mfurum yerae. Na ɔka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: Fa mmerante no mu biako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no. Na wɔkɔfaa Efraim bepɔw so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wonni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn. Na woduu Suf asase so no, Saul ka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Bra ma yɛnsan nkɔ, na m’agya annyae mfurum no ho dwen ammedi yɛn ho nkɔmmɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, nea ɔka nyinaa ba mu; ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn. Na Saul ka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, dɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Abodoo asa wɔ yɛn kotoku mu, na ayɛyɛde bi nni hɔ a yɛde rekɔma Onyankopɔn nipa no; dɛn na yɛwɔ? Na n’abofra no buaa bio sɛ: Hwɛ, mikura dwetɛ dwetɛbona abupɛn anan mu biako, ɛno na mede bɛma Onyankopɔn nipa no, na wama yɛn akwankyerɛ. (Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.) Ɛnna Saul ka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kurow a Onyankopɔn nipa no wɔ mu no mu. Na wɔreforo koko no akɔ kurow no mu no, wohuu mmabaa a wɔrefi akɔsaw nsu. Na wobisaa wɔn sɛ: Ɔdehufo no wɔ hɔ anaa? Na wobuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ mo anim ha yi ara; monyɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kurow no mu, na ɔman no bɔ afɔre nnɛ sorɔnsorɔmmea hɔ. Mudu kurow no mu ara pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi; efisɛ ɔman no nnidi kosi sɛ ɔbɛba: Na ɔno na ohyira afɔre no so ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na ɛnnɛ ara na mubehu no. Na wɔforo kɔɔ kurow no mu. Woduu hɔ no na hwɛ Samuel refi adi abehyia wɔn aforo akɔ afɔrebɔbea hɔ. Nso na AWURADE ayi Samuel asitiw dedaw ansa na Saul reba sɛ: Ɔkyena sesɛbere mɛsoma ɔbarima bi afi Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so panyin, na onnye me man mfi Filistifo nsam; na mahu me man no yaw, efisɛ wɔn su adu m’anim. Na Samuel huu Saul no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a misee wo sɛ obedi me man so no ni. Na Saul twiw bɛn Samuel kurow pon no ano kae sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me nea ɔdehufo no fi wɔ. Na Samuel buaa Saul sɛ: Mene ɔdehufo no. Foro di m’anim kɔ afɔrebɔbea hɔ, na mo ne me bedidi nnɛ, na ade kye a, magya mo kwan; na mɛka wo nea ɛwɔ wo komam nyinaa. Na wo mfurum a wɔyerae nnɛ nnansa no de, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hena na Israel nyinaa ani wɔ no so? So ɛnyɛ wo ne w’agya fi? Na Saul buae sɛ: Me de, meyɛ Benyaminni, na Israel mmusuakuw mu ketewa no mu na mifi, na m’abusua ne Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa mu ketewa. Na ɛdɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me? Na Samuel faa Saul ne n’abofra no, na ɔde wɔn kɔɔ adidii, na ɔmaa wɔn atenae wɔn a wɔahyia wɔn no ti. Wɔbɛyɛ sɛ nnipa aduasa. Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a meka kyerɛɛ wo sɛ fa sie no bra. Na osoodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne nea ɛwɔ ho no de besii Saul anim; na Samuel kae sɛ: Hwɛ, nea wɔagyaw ni; fa si w’anim na di, efisɛ wɔde asie ama wo, bere a mise mahyia ɔman no. Na Saul ne Samuel didii da no. Na wofii afɔrebɔbea hɔ sian baa kurow no mu, na ɔne Saul kasae ɔdan atifi. Na wɔsɔree nhema; a ade rekye no, Samuel frɛɛ Saul fii ɔdan atifi sɛ: Sɔre na minnya wo kwan. Na Saul sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, fii adi. Wosian koduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ka kyerɛ w’abofra no na ɔmmɛsen nni yɛn anim nkɔ, na aberante no bɛsen kɔ a, wo de, gyina hɔ, afei ma menka nhyehyɛe a Onyankopɔn wɔ ma wo no, nkyerɛ wo, na tie. Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so. Wufi me nkyɛn nnɛ rekɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hye so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfurum a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfurum no ho dwen, na mo so na ne dadwen abesi sɛ: Menyɛ me ba yi ho dɛn? Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma. Na wobekyia wo, na wɔama wo brodo abiɛsa na woagye wɔn nsam. Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm. Na AWURADE honhom besi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadan ayɛ onipa foforo. Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi. Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ. Na ɔdan ne ho sɛ ɔrefi Samuel nkyɛn akɔ no, Onyankopɔn maa no koma foforo; na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa baa mu da no ara. Na woduu Gibea kurow no mu no, hwɛ, adiyifo asafo behyiaa no, na Onyankopɔn honhom besii Saul so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu. Na wɔn a wonim no kan no nyinaa huu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifo mu no, nkurɔfo no sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn ne nea ayɛ Kis ba no yi? So Saul nso fra adiyifo no mu anaa? Na obi a ofi hɔnom buae sɛ: Na eyinom nso kannifo ne hena? Enti ɛdan abebusɛm sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa? Na ne nkɔmhyɛ honhom no twae no, ɔbaa sorɔnsorɔmmea hɔ. Na Saul n’agya ne nua ka kyerɛɛ no ne abofra no sɛ: Ɛhe na mokɔe? Na ose: Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum no, na yehui sɛ wonni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn. Na Saul n’agya ne nua no kae sɛ: Ka me nea Samuel ka kyerɛɛ mo no ɛ! Na Saul ka kyerɛɛ n’agya ne nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfurum no. Na ahenni no ho asɛm a Samuel kae no de, wanka ankyerɛ no. Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa. Na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na miyii Israel Misraim mebae, na migyee mo Misraim nsam ne ahenni a ɛhyɛɛ mo so nyinaa nsam; nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te. Na Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa twiw bɛnee, na wɔtwee ntonto ma ɛbɔɔ Benyamin abusuakuw. Na ɔmaa Benyamin abusuakuw no twiw bɛnee, sɛ ne mmusua no te: Na wɔtwee ntonto ma ɛbɔɔ Matri abusua, na wɔtwee mmarima no so ntonto ma ɛbɔɔ Kis ba Saul. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no. Na wokobisaa AWURADE bio sɛ: So onipa no baa ha anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakohintaw nneɛma no mu. Na wotutuu mmirika kɔfaa no fii hɔ. Na obegyinaa ɔman no mu no, na ɔware sen ɔman no mufo nyinaa fi ne mmati so kɔ soro. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ nea AWURADE apaw no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Samuel kaa ahenni no ho nhyehyɛe kyerɛɛ ɔman no, na ɔkyerɛw hyɛɛ nhoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi mu. Na Saul nso kɔɔ ne fi Gibea, na dɔm no mu akokodurufo binom a Onyankopɔn aka wɔn koma no ne no kɔe. Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte. Na Amonni Nahas foro ba bɛbɔɔ Yabes-gilead so nsra. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Wo ne yɛn mpam na yɛnsom wo. Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so. Na Yabes mpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfo nkɔ Israel ahye nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a obegye yɛn a, yɛafi adi aba wo nkyɛn. Ɛnna abɔfo no baa Gibea faako a Saul fi bɛkaa asɛm no ɔman no asom; na ɔman no nyinaa momaa wɔn nne so susui. Na hwɛ, Saul di anantwi akyi fi afuw mu reba; na Saul kae sɛ: Dɛn na ɛyɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfo nsɛm no kyerɛɛ no. Na Saul tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii no so, na ne bo fuwii kɛse. Na ɔfaa anantwi mpamho twitwaa no asinasin de hyehyɛɛ abɔfo no nsam soma ma wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkae sɛ: Obiara a wamfi adi ammedi Saul ne Samuel akyi no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwi ni. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no so, na wofi bae sɛ onipa biako. Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfo no ano si ɔpehasa, na Yuda mmarima si ɔpeduasa. Na wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfo no ni: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mubenya ogye. Na abɔfo no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfo no, wɔn ani gyei. Na Yabesfo no kae sɛ: Ɔkyena yebefi adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛ eye mo ani so nyinaa. Na ade kyee no, Saul buu ɔman no mu asafokuw abiɛsa na wɔkɔɔ nsra no mu anɔpa dasu mu, na wokunkum Amonfo koduu awia ketee; na wɔn a ɛkae no bɔ petee a anka wɔn mu baanu po wɔ faako. Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hena na ɔkae sɛ: Saul na ɔrebedi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yenkum wɔn. Na Saul kae sɛ: Wonnkum obiara nnɛ da yi, efisɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyede Israel mu. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahenni no foforo wɔ hɔ. Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wokosii Saul hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saul ne Israel mmarima nyinaa ani gyee. Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛnea moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene. Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi. Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka Na wose: Dabi wunnii yɛn amim na wonhyɛɛ yɛn so na wunnyee obiara hɔ biribi ɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo dansefo, na nea wasra no yi ne ɔdansefo nnɛ, sɛ moanhu biribiara me nsam. Na wɔkae sɛ: Ɔne dansefo. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: AWURADE a oyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom fii Misraim asase so bae no! Na afei mummegyina ha, na minyi mo ntɛn AWURADE anim, AWURADE trenee a wayɛ ama mo ne mo agyanom no nyinaa ho: Sɛnea Yakob kɔɔ Misraim na mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na woyii mo agyanom fii Misraim ma wɔbɛtenaa ha yi. Na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa, ne Filistifo nsa, ne Moab hene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe. Na wosu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagyaw AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn yɛn atamfo nsam, na yɛbɛsom wo. Na AWURADE somaa Yerubaal ne Bedan ne Yefta ne Samuel, na oyii mo mo atamfo nsam hyiae ma motenaa ase dwoodwoo. Na muhui sɛ Amonfo hene Nahas reba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmedi yɛn so, bere a AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene. Na afei, hwɛ, ɔhene a moapaw no a mosrɛɛ no no ni; na hwɛ, AWURADE asi mo so hene. Sɛ musuro AWURADE na mosom no na mutie no, na moantew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne mo ne ɔhene a odi mo so no nyinaa bedi AWURADE mo Nyankopɔn akyi. Na ebesi mo yiye. Na sɛ moantie AWURADE na motew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne AWURADE nsa bɛda mo so sɛnea ɛdaa mo agyanom so no. Afei nso mummegyina ha nhwɛ ade kɛse a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi: So ɛnyɛ awitwa bere ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama ɔprannaa ne osu aba, na moahwɛ ahu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so. Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔprannaa ne osu bae da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ. Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma wo nkoa, na yɛanwu, efisɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa de, nanso AWURADE akyi na monnsan mmfi, na momfa mo koma nyinaa nsom AWURADE. Na mommman nnkodi ade hunu a mfaso ne ogye nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu. Na AWURADE din kɛse no nti ɔrempa ne man; na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man. Me nso, ɛmpare me sɛ megyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo ɔkwan pa a ɛteɛ no. Osuro nko na munsuro AWURADE, na momfa mo koma nyinaa nsom no nokware mu. Na monhwɛ ade kɛse a wayɛ ama mo no. Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnne wɔbɛsesaw mo ne mo hene nyinaa akɔ. Saul bedii hene no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa Na odii Israel so hene bɛboro mfe abien no, ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu. Na Yonatan kaa Filistifo bansifo a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifo tee. Ɛnna Saul hyɛn torobɛnto asase no nyinaa so sɛ: Momma Hebrifo nte! Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal. Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei. Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu. Na Hebrifo no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saul da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopo dii n’akyi. Na ɔtwɛnee nnansɔn a ɛne bere a Samuel hyɛe no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no fii ne ho petee. Ɛnna Saul kae sɛ: Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no. Na hwɛ, owiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel bae; na Saul fii adi sɛ ɔrekohyia no akyia no. Ɛnna Samuel kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na Saul se: Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, na Filistifo aboa wɔn ho ano Mikmas, ɛnna mise: Afei Filistifo rebesian aba me so wɔ Gilgal, nso minnya minyii AWURADE mpae ɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyew afɔre no. Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ wo no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahenni atim Israel so daa: Na afei w’ahenni rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ ne koma so barima afa, na AWURADE asi no ne man so hene, efisɛ woanni nea AWURADE hyɛɛ wo no so. Na Samuel sɔre fii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saul kan dɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia. Na Saul ne ne ba Yonatan ne dɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifo abɔ nsra wɔ Mikmas. Na afowfo akuw abiɛsa fi Filistifo nsram bae: Asafokuw biako tew faa Ofra kwan so kɔɔ Saul asase so; na asafokuw biako tew faa Bet-horon kwan so, na asafokuw biako nso tew faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so kɔɔ sare so fam. Nanso na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara, efisɛ Filistifo kae sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifo bɛbɔ nkrante ne mpeaw. Na Israel nyinaa sian kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn fɛtɛw nnade ne wɔn nsɔw ne wɔn nkuma ne wɔn, nnade a akonton a wɔde twa sare; na wogye fɛtɛw nnade ne nsosɔw no biara ho dwetɛbona nkyemu abiɛsa mu biako, na wɔsew nkuma anaa wosiesie nnade a wɔde ka, mmoa nso a, wogye dwetɛbona nkyemu abiɛsa mu biako no mmɔho. Na koda no, wɔanhu nkrante anaa peaw dɔm a wɔne Saul ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saul ne ne ba Yonatan nsam na wohuu bi. Na Filistifo bansifo no fii adi kɔɔ baabi a Mikmas fa. Na da bi Saul ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abofra a okura n’akode no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifo bansifo a wɔwɔ noho no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya. Na Saul te Gibea kurotia, pomegranate dua a ɛwɔ Migron no ase, na dɔm a wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia. Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ. Na beae a Yonatan pɛ sɛ ɔfa kɔ Filistifo bansifo no so no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; biako din de Boses na biako din de Sene. Biako ano kyerɛ benkum fam Mikmas ntentenso, na biako ano kyerɛ nifa fam Geba ntentenso. Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa. Na n’akodekurafo no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea ɛwɔ wo komam nyinaa; dan wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛ wo koma pɛ. Ɛnna Yonatan kae sɛ: Hwɛ, yɛrebetwam akɔ nnipa no ho akoyi yɛn ho akyerɛ wɔn, na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: Munnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a, ɛnne yebegyina yɛn gyinabea na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnne yɛbɛforo akɔ, efisɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na eyi bɛyɛ yɛn sɛnkyerɛnne. Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifo bansifo no. Na Filistifo no kae sɛ: Hwɛ, Hebrifo no refi adi afi ntokuru a wokohintahintaw mu no mu. Na nsra no mufo buaa Yonatan ne n’akodekurafo no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodekurafo no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa. Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodekurafo no dii n’akyi, na wɔtotɔe Yonatan anim, na n’akodekurafo no kunkum dii n’akyi. Na nnipa a edi kan a Yonatan ne n’akodekurafo kum wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwi mpamho fɛtɛw kwan fa so. Na ehu baa nsra no mu, petee mu ne dɔm no nyinaa mu; bansifo no ne afowfo no nso, ehu kaa wɔn, na asase no wosowee; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara. Na Saul awɛmfo a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, nnipakuw no rehwete, fa ha sen ha. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ dɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na munhu nea wafi yɛn mu kɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, Yonatan ne n’akodekurafo nni hɔ. Na Saul ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Onyankopɔn adaka no bra. Nso da no, na Onyankopɔn adaka no wɔ Israelfo no nkyɛn. Na Saul ne ɔsɔfo no rekasa no, Filistifo nsram kitikitiyɛ no kɔɔ so dɔɔso ara. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: Twe wo nsa! Na Saul ne dɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa wɔn ho ano kɔɔ nsra no mu, na hwɛ, obiara nkrante kyerɛ ne yɔnko so, na ɛyɛɛ kitikiti kɛse pa ara. Nso Hebrifo a wɔka Filistifo no ho kan a wɔne wɔn foro baa nsra no mu fi asase a atwa ho ahyia no so no, wɔn nso bɛkaa Israelfo a wɔka Saul ne Yonatan ho no ho. Na Israelfo a wokohintahintaw Efraim bepɔw so no nyinaa tee sɛ Filistifo aguan no, wɔn nso tu bɛtaree wɔn ne wɔn koe. Na AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoe ara kotwaam Bet-awen. Na ɛden Israel mmarima da no; na Saul kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were. Enti ɔman no mu biara amfa aduan anka n’ano. Na ɔman no nyinaa duu kwae bi mu no, na ɛwo wɔ fam. Na ɔman no duu kwae no mu no, na hwɛ, ɛwo resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, efisɛ ɔman no suro ntam no. Nso Yonatan de, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a okurae no ano kaa ɛwo no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetew no. Na nkurɔfo no mu biako buae sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi nnɛ; na nkurɔfo no retɔ piti. Na Yonatan kae sɛ: M’agya ahaw asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwo yi kakra mehwɛe yi, m’ani so atetew me; na menne sɛ anka dɔm yi dii wɔn atamfo asade a wonyae no bi; enti nso na Filistifo kum no anyɛ kɛse no. Na wokum Filistifo no da no fi Mikmas koduu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ. Na dɔm no tow kɔhyɛɛ asade no so, na wɔfaa nguan ne anantwi ne anantwi mma kunkum wɔn ɛfam, na dɔm no dii no mogya mu. Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, dɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wodi no mogya mu. Na ɔkae sɛ: Moafom, mumpirew ɔbo kɛse mmrɛ me nnɛ. Na Saul kae sɛ: Monhwete nkɔ dɔm no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ: Momfa mo anantwi ne mo nguan mmra me nkyɛn mmekum wɔn ha nni, na monnyɛ AWURADE bɔne sɛ mubedi no mogya mu. Na dɔm no nyinaa kurakura wɔn anantwi bae anadwo no bekunkum wɔn hɔ. Na Saul sii afɔremuka maa AWURADE. Ɛno ne afɔremuka a edi kan a osi maa AWURADE. Na Saul kae sɛ: Momma yensian nkotiw Filistifo no anadwo yi, na yɛmfom wɔn nkodu adekyee, na yɛannyaw wɔn mu nipa biako. Na wɔkae sɛ: Nea eye w’ani so nyinaa, yɛ! Na ɔsɔfo no kae sɛ: Momma yentwiw mmɛn Onyankopɔn wɔ ha. Na Saul bisaa Onyankopɔn sɛ: So minsian mintiw Filistifo no anaa? So wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no. Ɛnna Saul kae sɛ: Mo dɔm mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na monhwɛ nhu dekode a enti bɔne yi aba nnɛ. Na sɛ AWURADE a ogye Israel te ase yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan po so a, owu na obewu. Na dɔm no mu biara ammua no. Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo de, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na dɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: Nea eye w’ani so no, yɛ! Na Saul ka kyerɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn sɛ: Ma nokware nna adi. Na ɛbɔɔ Saul ne Yonatan, na ɛdɔm no fii mu. Ɛnna Saul kae sɛ: Mommɔ me ne me ba Yonatan ntam ntonto. Na ɛbɔɔ Yonatan. Na Saul ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me nea woyɛe. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwo kakra mehwɛe. Hwɛ, owu na mewu! Na Saul kae sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ owu na wubewu. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: So Yonatan a wayɛ Israel mu ogye adwuma kɛse yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te ase yi, ne ti nwi biako po rentɔ fam, efisɛ ɔne Nyankopɔn na ayɛ ade nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu. Ɛnna Saul fii Filistifo no akyidi san bae; na Filistifo no kɔɔ wɔn nkurow mu. Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim. Na ɔyɛɛ mmaninne, na okokum Amalekfo, na ogyee Israel wɔn afowfo nsam. Nso Saul mmammarima ne Yonatan ne Isui ne Malkisua, na ne mmabea baanu din ni: Abakan no din de Merab, na akumaa no din de Mikal. Na Saul yere din ne Ahinoam, Ahimaas ba. Na ne sahene din ne Abner, Saul n’agya ne nua Ner ba. Na Saul n’agya Kis ne Abner n’agya Ner yɛ Abiel mma. Na ɔko dennen daa Filistifo so Saul nna nyinaa. Na sɛ Saul hu ɔbarima hoɔdenfo biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn. Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo minsi wo ne man so hene; na afei tie AWURADE nsɛm: Sɛɛ na asafo AWURADE se: Mahu nea Amalek yɛɛ Israel, sɛnea wofi Misraim reba no wobetwaree wɔn ɔkwan mu. Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum. Ɛnna Saul maa ɔman no tee, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu ɔpehanu ne Yuda mmarima ɔpedu. Na Saul duu Amalek kurokɛse no so, na ɔde atɛwfo sisii obon no mu. Na Saul ka kyerɛɛ Kenifo no sɛ: Monkɔ, mumfi Amalek mu nsian nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo de, woyɛɛ Israelfo nyinaa adɔe bere a wofi Misraim reba no. Ɛnna Kenifo fii Amalek mu kɔe. Na Saul kunkum Amalek fii Hawila de kosii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apuei fam no. Na ɔkyeree Amalek hene Agag animono, na ɔman no nyinaa de, ɔde nkrante sɛee wɔn pasaa. Na Saul ne dɔm no kyɛe Agag ne nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa so, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na ade biara a wommu na enye mma hwee no de, wɔsɛee no pasaa. Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ: Manu me ho sɛ misii Saul hene, efisɛ wasan afi m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛhow, na osu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa. Na Samuel tuaa ahema sɛ okohyia Saul anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saul aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaedum, na wadan ne ho atwam asian rekɔ Gilgal. Na Samuel duu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira nka wo. Mama AWURADE asɛm no atim. Na Samuel kae sɛ: Na ɛdɛn ne nguan su a egu m’asom yi ne anantwi su a mete yi? Na Saul se: Amalekfo mu na wɔde fi bae, efisɛ ɔman no kyɛe nguan ne anantwi a eye no so, sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkae no de, yɛasɛe wɔn pasaa. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Gyae, ma menka nea AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene; na AWURADE somaa wo akwankɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfo nnebɔneyɛfo no pasaa, na wo ne wɔn nko nkosi sɛ wobɛhyew wɔn. Ɛdɛn nti na woantie AWURADE, na woatow ahyɛ asade so, na woayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi? Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Sɛ matie AWURADE, na makɔ ɔkwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalek hene Agag maba, na masɛe Amalek pasaa! Na ɔman no faa asade no mu nguan ne anantwi, ahyirade no mu adikanne, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre Gilgal. Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade. Na atuatew te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom! Esiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apa wo afi ahenni no so. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom AWURADE anom asɛm ne wo nsɛm so, sɛ misuroo ɔman no na mitiee wɔn. Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsan na menkɔsɔre AWURADE. Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me ne wo rensan nkɔ, efisɛ woapa AWURADE asɛm, na AWURADE nso apa wo sɛ nni Israel so hene. Na Samuel dan ne ho rekɔ no, Saul soo ne batakari ano, na esuanee. Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Osuan na AWURADE asuan Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo. Nso Israel Tumfo no renni atoro na ɔrennu ne ho, efisɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho. Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn. Ɛnna Samuel san kodii Saul akyi; na Saul kɔsɔree AWURADE. Na Samuel se: Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigye so. Na Agag se: Ampa, owuyaw atwam kɔ. Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal. Ɛnna Samuel siim kɔɔ Rama. Na Saul nso foro kɔɔ ne fi Gibea-saul. Na Samuel ammɛhwɛ Saul bio kosii ne wuda, na Samuel gyam Saul; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saul dii Israel so hene. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa. Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makɔ? Na Saul te a, obekum me. Na AWURADE se: Fa nantwi ba kura na kɔka sɛ: AWURADE afɔrebɔ na mebae. Na frɛ Yese bra afɔre no ho, na me ara mɛkyerɛ wo nea yɛ, na sra nea mɛka makyerɛ wo no ma me. Na Samuel yɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kurow no mu mpanyin de ahopopo behyiaa no kae sɛ: Woba no asomdwoe mu anaa? Na ose: Asomdwoe mu: AWURADE afɔrebɔ na mebae yi; munnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔre no ho. Na odwiraa Yese ne ne mma no, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔre no ho. Na wɔbaa mu no, ohuu Eliab, na ose: Ampa, nea AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam. Ɛnna Yese frɛɛ Abinadab ma otwaa mu Samuel anim. Na ose: Oyi nso, AWURADE mfaa no ɛ. Na Yese maa Sama twaa mu. Na ose: Oyi nso, AWURADE mfaa no ɛ. Na Yese maa ne mma baasɔn betwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: AWURADE mpaw eyinom ɛ. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: So mmerante no nyinaa ni? Na ose: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nguan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ansa. Na ɔsoma ma wɔkɔfaa no bae. Nso ɔbere, na n’aniwa yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kae sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara ni. Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama. Na AWURADE honhom fii Saul so, na honhommɔne fi AWURADE nkyɛn bɛhaw no. Na Saul nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi efi Nyankopɔn na ɛrehaw wo yi. Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a onim sankubɔ, na sɛ Onyankopɔn honhommɔne no ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo. Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a onim bɔ yiye mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me. Na mmerante no mu biako buae sɛ: Hwɛ, mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a otumi, na ɔyɛ ɔkofoni, na onim kasa nso, ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi. Na Saul somaa abɔfo kɔɔ Yese nkyɛn kɔkae sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔhwɛ nguan no mmra me nkyɛn. Na Yese faa afurum de abodoo ne nsa tumpan kɛse biako, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saul. Na Dawid baa Saul nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfo. Na Saul dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodekurafo. Na Saul soma kɔɔ Yese nkyɛn kɔkae sɛ: Ma Dawid nsom me, na wanya m’anim anuonyam. Na ɛbae, sɛ honhom no fi Onyankopɔn nkyɛn ba Saul so a, na Dawid afa sanku na ɔde ne nsa abɔ, na Saul ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afi no so kɔ. Na Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebedi ako, na wɔbɛboaa wɔn ho ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛbɔɔ nsra Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim. Na Saul ne Israel mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔkɔbɔɔ nsra Ela bon mu, na wo twitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifo rehyia akɔko. Na Filistifo gyina bepɔw so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔw so ɔfa ha, na obon da wɔn ntam. Na ɔbarima katakyi bi fi Filistifo nsram fii adi, ne din de Goliat, ofi Gat, ne tenten si basafa abiɛsa ne nsama, na kɔbere kyɛw hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere abon akotade, na n’akotade no duru si nnwetɛbona mpemnum, na kɔbere nkataho kata ne nan ho, na kɔbere pɛmɛ wɔ ne mmati so. Na ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua, na ne peaw ti kari dade nnwetɛbona ahansia; na ɔkyɛmkurafo di n’anim. Na obegyinaa hɔ teɛɛm frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn na moafi aba mpasua so rebɛko yi? So menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saul nkoa? Munyi mo barima bi na onsian mmra me nkyɛn. Sɛ otumi ne me ko na okum me a, ɛnne yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso mitumi no, na mikum no a, ɛnne monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn. Na Filistini no kae sɛ: Me de, mabɔ Israel mpasua ahohora nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko. Na Saul ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn bo tui, na wosuroe pa ara. Nso Efratini bi a wɔfrɛ no Dawid, a ofi Betlehem Yuda, wɔfrɛ n’agya se Yese, na ɔwɔ mmammarima baawɔtwe. Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akora adi mfe ara sann. Na Yese mma mpanyin baasa dii Saul akyi kɔɔ ɔsa no: Wɔn din ni; abakan Eliab ne n’akyiba Abinadab ne nea ɔto so abiɛsa Sama. Na Dawid de, ɔno ne akumaa, na mpanyin baasa no dii Saul akyi kɔe; na Dawid de, ɛyɛ a, ofi Saul nkyɛn san kɔhwɛ n’agya nguan Betlehem. Na adaduanan, na Filistini no fi begyina hɔ anɔpatutu ne anwummere biara de ne ho kyerɛ. Na Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nneɛma yi, nkyeweɛ olonka yi ne abodoo du yi, tu mmirika kɔ nsram kɔma wo nuanom; na fa nufusu a akyenkyen sebɔw du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛnea wo nuanom ho te, na fa wɔn ho biribi bra. Nso Saul ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa wɔ Ela bon no mu ne Filistifo reko. Na Dawid sɔree anɔpahema gyaw nguan no hyɛɛ ɔhwɛfo foforo nsa na ɔsoaa nneɛma no kɔe, sɛnea Yese hyɛɛ no no; na okoduu nteaseɛnam aboae; na ɛdɔm no refi adi akɔ mpasua so na wɔrebɔ ɔko se, na Israel ne Filistifo a twitwa mpasua a dɔm kyerɛ dɔm anim. Ɛnna Dawid gyaw ne nneɛma a okurae no hyɛɛ nneɛma sohwɛfo nsa, no otutuu mmirika kɔɔ mpasua no so kobisaa ne nuanom sɛnea wɔte. Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyi a wɔfrɛ no Goliat a ofi Gat no fi Filistifo mpasua no so bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid tee. Na Israel mmarima no nyinaa, wohu ɔbarima no a, woguanguan fi n’anim, na wosuro sɛ. Na Israel mmarima no kekae sɛ: Sɛ moahu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ahohorabɔ na ɔreba yi; na onii ko a obekum no no, ɔhene bɛma wanya ne ho sɛ, na ɔde ne babea bɛma no aware, na wama n’agya fi ade wɔn ho wɔ Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi? Na nkurɔfo no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a obekum no no. Na ne nua panyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuw Dawid kae sɛ: Dɛn nti na wusian baa ha? Na hena na wugyaw nguan kakra a wɔwɔ wuram no hyɛɛ ne nsa? Me de, minim w’anuɔden ne wo koma mu bɔne dedaw sɛ ɔko no hwɛ nti na wusian bae. Na Dawid se: Dɛn na mayɛ? So ɛnyɛ asɛm bi nti? Na ɔdan ne ho fii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara. Na nkurɔfo no de kan asɛm no ara buaa no. Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkae no, wɔde kɔtoo Saul anim, na ɔma wɔkɔfaa no bae. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara abotu; w’akoa bɛkɔ ne Filistini yi akɔko. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wuntumi nkɔ ne Filistini no nkɔko, efisɛ wo de, woyɛ abofra, na ɔno de, ɔyɛ ɔbarima kofoni fi ne mmofraase. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nguan na sisi ba bɛkyere oguammaa fi kuw no mu a, mifi adi mitiw no mekɔbɔ no, na miyi no mifi n’anom; na sɛ ɔsɔre hyɛ me a, miso ne bogyesɛ mu mebɔ no mikum no. W’akoa akum gyata ne sisi nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu biako, sɛ wabɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi. Na Dawid kae sɛ: AWURADE a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bedi w’akyi. Na Saul de ne ntade hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere kyɛw soaa no, na ɔde nkatabo hyɛɛ no. Na Dawid de ne nkrante bɔɔ n’atade no so, na ɔde nantew hwɛe; efisɛ na onnya nsɔ nhwɛe ɛ. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Merentumi mfa eyinom nkɔ, efisɛ mensɔ menhwɛe da. Na Dawid yi fii ne ho. Na ɔfaa ne poma kurae, na ɔpaw mmosea a akokwaw anum fii subon no mu de guu ne nguanhwɛfo kotoku, ne bɔtɔ mu, na okuraa n’ataabo ne nsam, na otwiw bɛn Filistini no. Na Filistini no nso nam reba, na otwiw bɛn Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim. Na Filistini no totoo n’ani na ohuu Dawid no, obuu no animtiaa; efisɛ ɔyɛ abofra, na ɔbere, nso ne ho yɛ fɛ. Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ɔkraman ne me na wode mpoma reba me nkyɛn? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid. Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma wim nnomaa ne wuram mmoa. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na makum wo, na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm afunu mama wim nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel, na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa. Na Filistini no sɔree sɛ ɔreba abehyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua so kohyiaa Filistini no; na Dawid teɛɛ ne nsa hyɛɛ kotoku no mu yii ɔbo wɔ mu, na ɔtow ataabo no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔbo no hyɛn ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuw fam. Saa na Dawid de ataabo ne ɔbo faa Filistini no so, na ɔbɔɔ Filistini no kum no; nanso na nkrante bi nkura Dawid nsam. Enti Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no so, na osoo ne nkrante mu twe fii boha mu, na okum no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifo no hui sɛ wɔn bran no awu no, woguanee. Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wotiw Filistifo no koduu Gat ne Ekron apon akyi. Na Filistifo apirafo no totɔe Saaraim kwan so de koduu Gat ne Ekron. Na Israelfo no san fii Filistifo no akyidi ne ɔtaa dennen no mu, na wɔbɛfow wɔn nsra no. Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akode de, ɔde guu ne ntamadan mu. Na Saul huu Dawid sɛ ɔrefi adi akohyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne sahene Abner sɛ: Abner, hena ba ne aberante yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te ase yi, minnim. Na ɔhene se: Wo de, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi. Na Dawid fi Filistini no kum resan aba no, Abner faa no de no baa Saul anim, na Filistini no ti no kura no. Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Aberante, hena ba ne wo? Na Dawid buae sɛ: W’akoa Yese, Betlehemni no, ba ne me. Na ɔne Saul kasa wiei no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra. Na Saul faa no da no ara, na wamma wansan ankɔ n’agya fi. Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra. Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid, ne ne ntade koduu ne nkrante ne ne ta ne n’abɔso so. Na Dawid fi adi kɔ baabiara a Saul soma no, na ne biribiara kɔ so; na Saul de no sii akofofo so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani. Na wɔreba a Dawid resan afi Filistini no kum aba no, mmea fii Israel nkurow nyinaa mu de nnwom ne asaw ba behyiaa ɔhene Saul; wɔde mpintin ne anigye ne ahinasa sanku ade. Na mmea a wɔregoru no gyigyee wɔn ho so sɛ: Saul akum apem mu, na Dawid akum wɔ ɔpedu mu Na Saul bo fuwii kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkae sɛ: Wɔde ɔpedu, ɔpedu ama Dawid, na me de, wɔde apem, apem ama me, na dɛn na aka no bio sɛ ahenni no? Na efi da no ara de rekɔ no, Saul tuu n’ani saa Dawid. Na n’adekyee no, Onyankopɔn honhommɔne no sii Saul so, na ɔrekɔm ofie, na Dawid de ne nsa rebɔ sanku, sɛnea ɔyɛ daa no; Saul kura peaw. Na Saul tow peaw no, na ose: Mɛbɔ Dawid mafam ɔfasu ho; na Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu. Na Saul suroo Dawid, efisɛ AWURADE di n’akyi, na Saul de, wafi ne nkyɛn. Enti Saul yii no fii ne ho, na osii no apem so safohene, na odii ahyɛmfiri, ɔman no anim. Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi. Na Saul hui sɛ ne biribiara kɔ so no, osuroo no kɔkɔɔkɔ. Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ ɔno na odi wɔn anim ahyɛmfiri. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me ba panyin Merab ni, ɔno na mede no mɛma wo aware. Nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Efisɛ Saul se: Wɔmmma me nsa nnka no, na Filistifo na wɔn nsa nka no. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Hena ne me, na m’abusuafo ne hefo, m’agya abusua ne dɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene sew? Na bere dui a anka wɔde Saul babea Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholani Adriel aware. Na Saul ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saul no, asɛm no yɛɛ no anigye. Na Saul se: Mede no mɛma no, na ayɛ no afiri, na Filistifo nsa aka no. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu so sɛ: Wobɛyɛ me sew nnɛ. Na Saul hyɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa ase ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, yɛ ɔhene sew. Na Saul nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid asom. Na Dawid kae sɛ: So ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene sew? Na me de, meyɛ onipa hiani a m’akyi nyɛ duru. Na Saul nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛnea Dawid kae ni. Na Saul kae sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid ni: Ɔhene mpɛ tiade bi, sɛ Filistifo mmarima ano were ɔha, na wontɔ ɔhene atamfo so were. Na Saul susuwii sɛ ɔnam Filistifo nsa so bɛma Dawid atɔ. Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene sew. Na nna no nnya nnui no, Dawid sɔre siim, ɔno ne ne mmarima, na okokum Filistifo mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano were bae, na wɔkan ma edui kyerɛɛ ɔhene, sɛ ɔnyɛ ɔhene sew. Na Saul de ne ba Mikal maa no aware. Na Saul hwɛ hui sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saul babea Mikal dɔ no. Na Saul kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saul tan Dawid daa. Na Filistifo mmapɔmma no fii adi bɛkoe. Na da biara a wofi adi ba no, Dawid di nkonim pii sen Saul nkoa nyinaa; ɛno nti, na wɔbɔ ne din nidi mu sɛ. Na Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wonkum Dawid. Nanso Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saul hwehwɛ wo akum wo, na afei, kora wo ho so anɔpa, na tena kokoa bi mu hintaw; na me de, mefi adi makogyina m’agya nkyɛn wuram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a, maka makyerɛ wo. Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saul, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na ne nneyɛe nso ayɛ wo yiye pii. Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa? Na Saul tiee Yonatan, na Saul kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, wɔrenkum no da! Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saul nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kan no. Na ɔko baa bio, na Dawid fii adi ne Filistifo kɔkoe, na okum wɔn kunkɛse, na woguan fii n’anim. Na AWURADE honhommɔne no baa Saul so; na ɔte ne fi, kura peaw, na Dawid de ne nsa rebɔ sanku. Na Saul hwehwɛɛ sɛ ɔde peaw no bɔ Dawid fam ɔfasu no ho, nanso ɔtwee ne ho fii Saul anim, na ɔtow peaw no wɔɔ ɔfasu no mu; na Dawid guanee, na ofii mu anadwo no. Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo. Na Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na ɔkɔe, na oguan fii mu. Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyi nwi sumii too atifi, na ɔde ntama kataa so. Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid no, ɔkae sɛ: Ɔyare. Ɛnna Saul somaa abɔfo no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ose: Momfa no mfi mpa no so mmrɛ me, na minkum no. Na abɔfo no duu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no so, na abirekyi nwi sumii da atifi. Na Saul ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafi mu afi yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ! Ɛdɛn nti na minkum wo! Na Dawid guan fii mu, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa nea Saul ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔe kɔtenaa Naiot. Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama. Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wohuu adiyifo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. Na wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɔsomaa abɔfo foforo; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saul somaa abɔfo bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na oduu abura kɛse a ɛwɔ Seku no ho no, obisae sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wose: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama. Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Onyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kosii sɛ oduu Naiot wɔ Rama. Na ɔno nso worɔw ne ntade, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagyaw daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa? Na Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbae bɛka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Dɛn na mayɛ? M’amumɔyɛ ne dɛn, na me bɔne ne dɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me akum me yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa. Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam. Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra se no, mɛyɛ mama wo. Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsram fi, a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidii; na ma menkɔ minkohintaw wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anadwofa. Sɛ w’agya bisa m’akyi kwan a, ɛnne ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirihyia afɔrebɔ wɔ hɔ. Sɛ ɔka sɛ: Eye a, na asomdwoe wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fuw a, ɛnne hu sɛ wakyere ne mu sa bɔne. Na yɛ w’akoa adɔe, efisɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛn; na sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu a, wo ara kum me, na ɛdɛn nti na wode me rekɔma w’agya? Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ minim sɛ m’agya asusuw bɔne de reba wo so na merenka menkyerɛ wo. Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm dennen bi bua wo a, hena na ɔbɛka akyerɛ me? Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yemfi nkɔ wuram. Na wɔn baanu fii adi kɔɔ wuram. Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sesɛbere, mehwɛ m’agya adwene, na eye wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammeyi wo asotiw a! Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no. Na sɛ meda so mete ase yi, fa AWURADE adɔe yɛ me, na manwu; na ntwa w’adɔe no to mfi me fi ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfo fi asase so a, mma Yonatan din mfi Dawid da. Na Yonatan ne Dawid fi pamee se: AWURADE ntɔ Dawid atamfo were. Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra. Na Yonatan ka kyerɛɛ no se: Ɔkyena na ɔsram fi, na wobehu sɛ wunni hɔ, efisɛ wo tenabea bɛda mpan. Na sɛ wudi nnansa a, sian ntɛm bra nea asɛm no bae no, wuhintawee hɔ, na tena Esel bo no ho. Na mɛtotow agyan abiɛsa mafa ho, sɛnea merebɔ botae mu. Na hwɛ, mɛsoma abofra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mise abofra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnne bra, na, sɛ AWURADE te ase yi, asomdwoe na ɛwɔ hɔ ma wo, asɛm bi nni hɔ. Na sɛ mise akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam noho a, ɛnne kɔ, na AWURADE agya wo kwan. Na asɛm a me ne wo kae no ho de, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa. Ɛnna Dawid kohintaw wuram. Na ɔsram fii no, ɔhene kɔtenaa adidii. Na ɔhene tenaa n’atenae sɛnea ɔyɛ daa no wɔ ɔfasu ho agua no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenae no da mpan. Na Saul anka hwee da no; efisɛ ose: Biribi ayɛ no; ne ho ntew, ampa ara ne ho ntew. Na n’adekyee a ɛyɛ ɔsram no da a ɛto so abien a Dawid atenae da mpan no, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan sɛ: Ɛdɛn nti na Yese ba no mmaa adidi ase nnɛra ne nnɛ yi? Na Yonatan buaa Saul sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem, na ose: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ bi wɔ kurow no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pon ho yi. Ɛnna Saul bo fuw Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbea brakyewni tuatewfo ba, so minhui sɛ woafa Yese ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagyaw mu aniwu? Na mmere dodow a Yese ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu. Na Yonatan buaa n’agya Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wonkum no? Dɛn na wayɛ? Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan huu sɛ n’agya awe ahinam sɛ obekum Dawid. Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no. Na anɔpa no Yonatan fii adi kɔɔ wuram nea ɔhyɛɛ Dawid no, na abofra kumaa bi ka ne ho. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Tutu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotow no. Abofra no retu mmirika no, ɔtow agyan no traa no. Na abofra no duu nea agyan a Yonatan towee no wɔ no, Yonatan bɔn abofra no sɛ: So agyan no ngu w’anim noho anaa? Na Yonatan bɔn abofra no sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abofra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura. Nso na abofra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko na wonim asɛm no. Ɛnna Yonatan de ne nneɛma no maa abofra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kurow no mu. Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so. Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu. Na Dawid baa Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopo behyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nko nam na onipa bi nka wo ho yi? Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi di, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhu dekode a meresoma wo ho, ne nea mahyɛ wo no ho biribi; na mmerante no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi. Na afei, dɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me abodoo anum anaa biribiara a wubenya. Na ɔsɔfo no buaa Dawid sɛ: Abodoo hunu bi nni me nsam, sɛ abodoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmerante no akora wɔn ho afi mmea ho nko a! Na Dawid bua see ɔsɔfo no sɛ: Ampa, nnansa ni a misiim yi, yennyaa ɔbea ho kwan da; ɔkwan hunu a yɛretu no mu mpo, na mmerante no ade ho tew, na menne nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ade ho tew yi. Ɛnna ɔsɔfo no de akronkronne no maa no, efisɛ na abodoo bi nni hɔ sɛ kyerɛ abodoo a woyi fi AWURADE anim de abodoohyew begu hɔ da a woyii no. Nso Saul nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no a wɔato no mu, AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saul mmoahwɛfo mu panyin no. Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm. Na ɔsɔfo no kae sɛ: Filistini Goliat a wukum no Ela bon mu no nkrante, hwɛ, ɛno na wɔabobɔw no ntama mu da asɔfotade no akyi no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforo bi nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kae sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me! Na Dawid sɔre guanee da no fii Saul anim, na ɔkɔɔ Gat hene Akis nkyɛn. Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asaw mu kae sɛ: Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu, ɔpedu, no? Na Dawid de nsɛm yi siee ne koma mu, na osuroo Gat hene Akis anim sɛ. Na ɔsakraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfo wɔn nsam, na ɔnworannworan kurow no apon ho, na ɔmaa ne ntasu sensann ne bogyesɛ mu. Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, muhu sɛ onipa yi abɔ dam, na ɛdɛn nti na mode no abrɛ me? So abɔdamfo abɔ me na mode oyi aba sɛ ommedi me so abɔdamsɛm yi? So oyi mmra me fi anaa? Na Dawid fii hɔ kɔe, na oguan kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fi nyinaa tee no, wosian kɔɔ ne nkyɛn hɔ. Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho. Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa. Na ogyaw wɔn Moab hene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔw so atenae hɔ nyinaa. Na odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔw so atenae hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid siim baa Heret kwae mu. Na Saul tee sɛ wɔahu nea Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saul te Gibea, ɔsantɛw bi ase wɔ koko bi so, na ne okura peaw, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfo, muntie! So Yese ba no nso bɛmoma mo nyinaa mfuw ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene? Sɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotiw sɛ me ba ne Yese ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a odi me ho yaw na oyi me asotiw sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asi, sɛ ɔntɛw me sɛnea ɛte nnɛ yi? Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saul nkoa no nkyɛn no buae sɛ: Mihuu Yese ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn, na obisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduan, na ɔde Filistini Goliat nkrante no maa no. Ɛnna ɔhene soma kohyiaa Ahitub ba ɔsɔfo Ahimelek ne n’agya fi asɔfo a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn. Na Saul kae sɛ: Ahitub ba, tie ɛ! Na obuae sɛ: Mini, me wura. Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne Yese ba no apam me tiri so, na womaa no aduan ne nkrante, na wubisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre ntɛw me sɛnea ɛte nnɛ yi? Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hena na ɔyɛ ɔnokwafo sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene sew, na otie w’asɛm, na wodi no ni wɔ wo fi? So nnɛ na merefi ase mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Eyi mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fi nyinaa so, na w’akoa nnim eyinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛse oo! Na ɔhene kae sɛ: Ahimelek, owu ara na wubewu, wo ne w’agya fi nyinaa. Na ɔhene ka kyerɛɛ mmirikatufo a wogyinagyina ne ho no sɛ: Monnannan mo ho nkum AWURADE asɔfo no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid de mu, na wonim sɛ ɔreguan, na wɔanyi me asotiw. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔteɛ wɔn nsa ka AWURADE asɔfo no. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo de, dan wo ho ka asɔfo no. Na Edomni Doeg dan ne ho na ɔkaa asɔfo no kum mmarima aduɔwɔtwe anum a wɔhyɛ nwera asɔfotade no da no ara. Na asɔfo kurow Nob no nso, ɔde nkrante kunkum wɔn; mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne mfurum ne nguan nyinaa na ɔde nkrante kunkum wɔn. Na Ahitub ba Ahimelek babarima biako a wɔfrɛ no Abiatar fii mu guan tiw Dawid. Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ Saul akum AWURADE asɔfo no. Na Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: Da no a Edomni Doeg wɔ hɔ no na mihui sɛ ɛyɛ dɛn ara a, ɔbɛkɔ akɔka akyerɛ Saul; me na midi w’agya fi akra nyinaa ho so. Tena me nkyɛn, nsuro, na nea ɔhwehwɛ me akum me no ara na ɔhwehwɛ wo nso. Na me nkyɛn de, wɔbɛhwɛ wo so. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifo ne Keila reko na wɔrefow awiporowbea. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: So menkɔ minkokum Filistifo yi? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kokum Filistifo no, na gye Keila. Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo, yesuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila ne Filistifo dɔm akɔko. Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre sian kɔ Keila, na me na mede Filistifo no merehyɛ wo nsa. Ɛnna Dawid ne ne nnipa no siim kɔɔ Keila, na ɔne Filistifo no kɔkoe, na ɔkaa wɔn mmoa fae, na okum wɔn okunkɛse, na Dawid gyee Keilafo. Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aba Keila. Na Saul kae sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kurow a ano wɔ apon ne adaban mu. Na Saul ma wohyiaa ɔman no nyinaa sɛ wɔrekɔ ɔsa na wasian akɔ Keila akɔtoa Dawid ne ne nnipa no. Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra. Na Dawid kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate ampa ara sɛ Saul repɛ aba Keila, na me nti wabɛsɛe kurow no. So Keilafo de me bɛhyɛ ne nsa? So Saul besian aba sɛnea w’akoa tee no? AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ w’akoa ɛ! Na AWURADE kae sɛ: Obesian aba. Na Dawid kae sɛ: So Keilafo beyi me ne me nnipa ahyɛ Saul nsa? Na AWURADE se: Wobeyi wo ama. Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre fii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wobetumi akɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan afi Keila no, ogyaee n’akyidi. Na Dawid kɔtenaa sare so bepɔw so atenae horow no mu; na ɔtenaa bepɔw bi so Sif sare so. Na Saul hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa. Na Dawid hui sɛ Saul afi adi rebɛhwehwɛ no akum no. Nso Dawid wɔ Sif sare so wɔ Hores. Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’abediakyiri; na m’agya Saul nso nim sa. Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ fie. Ɛnna Sififo foro kɔɔ Saul nkyɛn Gibea kɔkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw yɛn nkyɛn wɔ atenae a ɛwɔ Hores, Hakila koko a ɛwɔ sare pataa no nifa fam no so no? Na afei, ɔhene sian bra, sɛnea wo kra hwehwɛ a ɔhwehwɛ sɛ obesian no te nyinaa, na yɛn de ne sɛ yebeyi no ahyɛ ɔhene nsa. Ɛnna Saul kae sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔbɔ. Monkɔ nkɔhwehwɛ mu yiye, na monhwɛ nhu faako a ɔhyɛ ne onii ko a ohuu no hɔ. Na mate sɛ ɔyɛ oniferefo sɛ. Na monhwɛ nhu faako a ohintahintaw no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsan mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpem nyinaa mu. Na wɔsɔre dii Saul anim kɔɔ Sif. Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon sare so, tataw a ɛwɔ sare pataa no nifa fam no so. Na Saul ne ne nnipa kɔe sɛ wɔkɔhwehwɛ no. Na wɔkɔka kyerɛɛ Dawid; na osian ɔbotan no kɔtenaa Maon sare so. Na Saul tee no, otiw Dawid baa Maon sare so. Na Saul nam bepɔw no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔw no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afi Saul anim akɔ no, Saul ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekyere wɔn. Na ɔbɔfo bi baa Saul nkyɛn bɛkae sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifo abegu asase no so. Enti Saul san fii Dawid akyi kɔe kohyiaa Filistifo no. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ: Sela-hamahlekot Na Dawid fii hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔw so atenae mu. Na Saul san fii Filistifo akyi bae no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi sare so. Ɛnna Saul faa mmarima mpensa a wɔapaw wɔn afi Israel nyinaa mu, na ɔkɔe sɛ ɔkɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan so. Na oduu nguannan a ɛwɔ ɔkwan no so no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saul hyɛn mu sɛ okogyaa n’anan; na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano. Na ɛno akyi no, Dawid koma bɔɔ no paa sɛ watwa Saul atade ano. Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no. Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre anhyɛ Saul. Na Saul sɔre fii ɔbodan no mu sii ne kwan so. Na ɛno akyi no, Dawid nso sɔre fii ɔbodan no mu fii adi, na ɔbɔn Saul sɛ: Me wura ɔhene! Na Saul hwɛɛ n’akyi no, Dawid bɔɔ ne ti ase na ɔkotowee. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wutie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no? Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no. Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo. Sɛnea tete bɛ no ka no: Abɔnefo so na bɔne fi; na me nsa de, ɛrenka wo. Ɛhena akyi na Israel hene atu di yi? Hena na woretiw no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwiw biako akyi. Na AWURADE nyɛ ɔtemmufo, na ommu me ne wo ntam atɛn, na onhu na onni m’asɛm mma me, na ommu me atɛn nyi me wo nsam. Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saul wiei no, Saul kae sɛ: So wo nne ni, me ba Dawid? Na Saul maa ne nne so sui. Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woteɛ kyɛn me, efisɛ wode papa atua me ka, na me de, mede bɔne matua wo ka. Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me. Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma ɔde ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ nea woayɛ me nnɛ yi ananmu. Na afei, hwɛ, minim sɛ wubedi hene, na Israel ahenni betim, wo nsam; na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefo a wobedi m’akyi ngu, na worempopa me din mfi m’agya fi. Na Dawid kaa Saul ntam no. Na Saul siim kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔw so a. Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so. Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel. Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail. Na ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no de, ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye; nso ɔyɛ Kalebni. Na Dawid tee sare so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nguan ho. Na Dawid somaa mmerante du, na Dawid ka kyerɛɛ mmerante no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyia no mma me. Na munse no sɛ: Asomdwoe nka wo, asomdwoe nka wo fi, na asomdwoe nka nea wowɔ nyinaa. Na afei, mate sɛ wowɔ nguan ho twitwafo; afei wo nguanhwɛfo a wowɔ wɔn no ne yɛn tenae no, yɛanhunahuna wɔn, na wɔn biribiara nso anyera bere a wɔtenaa Karmel no nyinaa; bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ! Na Dawid mmerante no dui no, wɔde Dawid din kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal, na wɔtwɛnee. Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hena ne Dawid na hena ne Yese ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtetew wɔn ho fi wɔn wuranom ho dɔɔso. Na memfa m’aduan ne me nsu ne me nam a makum de rema me nguan ho twitwafo no memma nnipa a minnim nea wofi anaa? Ɛnna Dawid mmerante no dan wɔn ho sii kwan so, na wɔsan bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrante. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrante, na Dawid nso bɔɔ ne nkrante, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nneɛma no ho. Na mmerante no mu biako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ: Hwɛ, Dawid somaa abɔfo fi sare so bekyiaa yɛn wura, na opoopoo wɔn. Nso nnipa no ye ma yɛn sɛ, na wɔanyɛ yɛn bɔne bi, na yɛwɔ wuram hɔ a yɛne wɔn nam no nyinaa, yɛn biribiara anyera da; wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia, bere a yɛne wɔn te a yɛrehwɛ nguan no nyinaa. Na afei hwɛ, na dwen nea wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fi nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔbahuhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no. Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa abodoo ahanu, ne nsa ntumpan abien ma, ne nguan anum a wɔasiesie wɔn, ne nkyeweɛ susuwade anum, ne asikresam aba nkotoku ɔha, ne brodoma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahanu de soaa mfurum, na ɔka kyerɛɛ ne mmerante no sɛ: Monsen nni me kan, hwɛ, meredi mo akyi maba. Na ne kunu Nabal de, wanka ankyerɛ no. Na ɔte afurum so resian aba bepɔw no ase no, na hwɛ, Dawid ne ne nnipa no nso resian ahyia no, na ohyiaa wɔn. Nso Dawid aka sɛ: Ɔkwa ara kwa na mahwɛ oyi ade a ɔwɔ sare so nyinaa so, na nea ɛyɛ ne de nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu. Sɛ ekosi ɔkyena anɔpa, migyaw n’ade a ɔwɔ nyinaa mu onini biako pɛ po a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfo sa na ɔnka ho sa! Na Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm fii n’afurum so sii fam, na ɔde n’anim butuw Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam, na ɔde ne ho hwee ne nan ase kae sɛ: Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm. Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din te no, sɛ ɔte ara ne no, Nabal ne ne din, agyennyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa de, manhu me wura mmerante a wosomaa wɔn no. Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal. Na afei, akyɛde a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmerante a wodi me wura akyi no. Fa ɔso yi firi w’afenaa ɛ! Na ampa ara, AWURADE bɛkyekye ofi a atim ama me wura, efisɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhu wo mu bɔne bi wo nna nyinaa mu. Na sɛ onipa asɔre retiw wo abɛhwehwɛ wo akum wo a, ɛnne wɔnkyekyere me wura ɔkra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra de, wɔntow no sɛ ade a efi ataabo mu. Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a, me wura werɛ renhow na ne koma remmɔ no paa, sɛ waka mogya agu kwa anaasɛ me wura ankasa atɔ were. Na AWURADE bɛyɛ me wura yiye, na woakae w’afenaa. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho so, na mamfa m’ankasa nsa mantɔ were. Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal. Ɛnna Dawid gyee nea ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ wo fi asomdwoe mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim. Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, watow ne ho pon ne fi hɔ sɛ ɔhene pon; na Nabal ani agye ne ho, na wabow tintaan. Na wanka no hwee kosii n’adekyee. Na anɔpa a nsa tetew Nabal ani so no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na ne koma gyenee ne yam, na ɔdan sɛ ɔbo. Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na owui. Na Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa no so were ama me na waso n’akoa mu afi bɔne ho, AWURADE adan Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma ne Abigail kɔkasae sɛ ɔbɛfa no aware. Na Dawid nkoa no duu Abigail nkyɛn Karmel kɔka kyerɛɛ no sɛ: Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware. Na ɔsɔre bɔɔ ne ti ase kotowee, kae sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho. Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afurum so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan ase, na odii Dawid abɔfo no akyi kɔyɛɛ ne yere. Na Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom. Na Saul de ne ba Mikal, Dawid yere no, ama Lais ba Palti a ofi Galim. Na Sififo baa Saul nkyɛn Gibea bɛkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw Hakila koko a ɛkyerɛ benkum sare pataa no anim no so no? Ɛnna Saul sɔre sian kɔɔ Sif sare so, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔapaw wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid, Sif sare so. Na Saul bɔɔ nsra Hakila koko a ɛkyerɛ sare pataa no anim no so, ɔkwan ho, na Dawid de, ɔtenaa sare no so, na ohui sɛ Saul retiw no aba sare no so. Na Dawid somaa akwansrafo, na ohui sɛ Saul aba ampa. Ɛnna Dawid sɔre kɔɔ nea Saul abɔ nsra hɔ. Na Dawid huu faako a Saul ne ne sahene Ner ba Abner dedae; nso Saul da nteaseɛnam aboae hɔ, na dɔm no abɔ nsra atwa ne ho ahyia. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Suruia ba Abisai, Yoab ne nua sɛ: Hena na ɔne me besian akɔ Saul nkyɛn wɔ nsram hɔ? Na Abisai se: Me ne wo besian akɔ. Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia. Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa peaw no menwɔ no minkita fam prɛko, na meremfea no so. Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem? Na Dawid kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, gye AWURADE na ɔbɛka no: Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ. AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ. Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so. Na Dawid sen kɔɔ ɔfa noho, na okogyinaa bepɔw no atifi wɔ akyirikyiri a ɔkwan pa ara da wɔn ntam. Na Dawid bɔn dɔm no ne Ner ba Abner sɛ: Abner ee! Worennye so? Ɛnna Abner gyee so sɛ: Ɛyɛ wo hena na wobɔn ɔhene no? Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: So wonyɛ ɔbarima? Na hena na ɔte sɛ wo Israel mu? Na ɛdɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na dɔm no mu bi bae sɛ anka ɔrebekum wo wura ɔhene. Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ. Ɛnna Saul huu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔkae sɛ: Wo nne ni, me ba Dawid? Na Dawid se: Ɛyɛ me nne, me wura ɔhene. Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura di n’akoa akyi sɛɛ? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam? Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa asɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo ahyɛ me a, ɛnne ma onnye aduan afɔre. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ minnnya AWURADE agyapade no bi, na wose: Kɔ na kɔsom anyame foforo. Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, efisɛ Israel hene afi adi rehwehwɛ ɔkraman dwiw, sɛnea wotiw akokɔhwerew wɔ mmepɔw so. Ɛnna Saul kae sɛ: Mayɛ bɔne, san bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, efisɛ me kra bo ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom so bebree pa ara. Na Dawid buae sɛ: Hwɛ, ɔhene peaw ni, na ma mmerante no mu biako mmra mmɛfa. Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no. Na hwɛ, sɛnea wo kra asom bo nnɛ m’ani so yi, saa ara na me kra nso nsom bo AWURADE ani so, na onyi me mfi ahohia nyinaa mu. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Ampa ara, wobɛyɛ ahoɔdenne, na otumi nso, wubetumi. Ɛnna Dawid sii ne kwan so. Na Saul san kɔɔ ne tenabea. Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa. Na Dawid sɔree, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaam kɔɔ Gat hene Maok ba Akis nkyɛn. Na Dawid ne Akis tenae wɔ Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no. Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Dawid aguan kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wuram nkurow no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na ɛdɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkurow mu? Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag dan Yuda ahene de de besi nnɛ. Na nna a Dawid de tenaa Filistifo asase so no yɛ afirihyia ne asram anan. Na Dawid ne ne mmarima no kɔe kotuaa Gesurfo ne Gersifo ne Amalekfo; na wɔn na wɔtete asase no so fi teteete, de kodu Sur a ɛde kɔ Misraim asase so. Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn. Na Akis kae sɛ: Ɛhe na mokɔɔ afow nnɛ? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda nifa ne Yerahmeelifo nifa ne Kenifo nifa fam. Na Dawid annyaw ɔbarima anaa ɔbea bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, efisɛ ose: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifo asase so no nyinaa, sɛ ɔyɛe ara nen. Na Akis gyee Dawid dii, kae sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa. Na ɛbae sɛ bere bi akyi no, Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hu pefee sɛ wo ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi, wo ne wo mmarima no. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnne wubehu nea w’akoa bɛyɛ. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Enti nso mede wo mɛyɛ me ti wɛnfo nna nyinaa. Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa. Na Saul huu Filistifo nsra no no, osuroe, na ne koma tui papaapa. Na Saul kobisaa AWURADE, nanso ɔdae mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifo anom oo, AWURADE ammua no. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea samanfrɛfo bi wɔ Endor. Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me. Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi? Na Saul kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, worenni asɛm yi mu so bi. Ɛnna ɔbea no kae sɛ: Hena na memma ɔmforo mmra mma wo? Na ose: Ma Samuel mforo mmra mma me. Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛm, na ɔbea no ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me yi? Na wone Saul. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdɛn na wuhu? Na ɔbea no se: Onyame bi na mihu sɛ ofi asase mu reforo aba. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ne su te dɛn? Na ose: Akwakoraa bi a ɔhyɛ atade yuu na ɔreforo ba. Na Saul hui sɛ ɛyɛ Samuel, na ɔbɔɔ ne mu ase kotow sɔree no. Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wohaw me ma meforo mebae yi? Na Saul buae sɛ: Me ho hia me papaapa, na Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ommua me bio, ɔmfa adiyifo so, na ɔmfa adae mu nso, enti na mafrɛ wo yi, sɛ kyerɛ me nea menyɛ. Na Samuel kae sɛ: Ɛdɛn nti na wunim sɛ AWURADE apa w’akyi na wadan wo tamfo na wubisa me ade yi? Na AWURADE ayɛ sɛnea ɔnam me so kae no, na AWURADE ahuam wo nsam ahenni no de akɔma wo yɔnko Dawid. Esiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyew so ade Amalekfo so nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso ade nnɛ yi. Na AWURADE de Israel nso ne wo bɛhyɛ Filistifo nsa: Na ɔkyena wo ne wo mma bɛba abɛka me ho, na AWURADE de Israel dɔm nso bɛhyɛ Filistifo nsa. Ɛnna ntɛm ara Saul hwee ase tɔtɔtee birim, na Samuel nsɛm no nti osuroe papaapa, nso ahoɔden biara nni ne mu, efisɛ na onnidii da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Na ɔbea no baa Saul nkyɛn, na ohuu sɛ wayɛ yoo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me kra mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no, na wo nso tie w’afenaa, na ma memfa abodoo buprɛko mimmesi w’anim, na di, na woanya ahoɔden de asi wo kwan so akɔ. Na wampene, kae sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbea no nso hyɛɛ no, na otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so. Nso ɔbea no wɔ nantwi ba a wadɔ ofie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kum no, na ɔfaa asikresam fɔtɔwee, na ɔde too apiti; na ɔde besii Saul ne ne nkoa no anim na wodii; na wɔsɔre siim kɔe anadwo no. Afei Filistifo boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfo kɔbɔɔ nsra nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel no ho. Na Filistifo asafohene betwaa mu, ɔha ha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho betwaam wɔ kyidɔm no mu. Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni? Na Filistifo asafohene no bo fuw no, na Filistifo asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsan, na ɔnsan nkɔ ne tenabea a wode no tenae hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannan n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdɛn na oyi de bɛpata ne wura? So ɛnyɛ nnipa yi ti? So ɛnyɛ Dawid a wogyee ne ho dwom so asaw mu sɛ: “Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu ɔpedu, no ni anaa?” Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, woteɛ, na me de, anka eye ma me sɛ wo ne me bedi akɔneaba ɔsa yi mu; efisɛ efi da a wobaa me nkyɛn de besi nnɛ, minhuu wo ho bɔne bi ɛ; na asafohene no na ɛmpɛ wo. Enti san, na kɔ asomdwoe mu, na wo ho anyɛ Filistifo asafohene no ahi. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Na dɛn na mayɛ, na dɛn na woahu w’akoa ho fi da a mebaa w’anim de abesi nnɛ yi a enti mennkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nnkɔko yi? Na Akis bua see Dawid sɛ: Minim sɛ wuye m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfo; nso Filistifo asafohene no se: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no. Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo bae no; na mosɔre ahema no na anim tetew ara pɛ a, moasim akɔ. Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa ahema siim sɛ wɔresan akɔ Filistifo asase so. Na Filistifo no baa Yesreel. Na Dawid ne ne mmarima no duu Siklag da a ɛto so abiɛsa no, na Amalekfo abetua atifi fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde gya ahyew. Na wɔafa mmea a wɔwɔ mu no nnommum, fi mmofra so kosi mpanyin so, wɔankum obiara, na wɔsoaa wɔn sii kwan so kɔe. Na Dawid ne ne mmarima no duu kurow no mu no, na hwɛ, wɔde gya ahyew, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea no, wɔafa wɔn nnommum kɔ. Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no momaa wɔn nne so sui ara kosii sɛ wonnya ahoɔden nsu bio. Na Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no, nso, wɔafa wɔn nnommum bi. Na Dawid ho kyeree no papaapa, efisɛ ɛdɔm no kae sɛ wobesiw no abo, na dɔm no nyinaa kra botowee, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE ne Nyankopɔn mu. Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotade no brɛɛ Dawid. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Mintiw dɔm yi anaa? So mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tiw wɔn, na wobɛto wɔn, na ogye nso wubegye. Ɛnna Dawid siim kɔe, ɔno ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no. Na woduu Besor subon ho no, wɔn a wɔkaa akyiri no soo hɔ. Na Dawid ne mmarima ahanan tiw wɔn, na ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi antwa Besor subon no soo hɔ. Na wohuu Misraimni bi wuram hɔ, na wɔde no brɛɛ Dawid; na wɔmaa no abodoo dii, na wɔmaa no nsu nomee, na wɔmaa no borɔdɔma tɔw sin ne bobe aba atɔw abien; na odii no, n’ani so baee no, efisɛ nnansa, awia ne anadwo, na onnidii na ɔnnomee. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hena ba ne wo, na ɛhe na wufi? Na ose: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaw me, efisɛ ɔyare bɔɔ me nnɛ nnansa. Yekotuaa Keretifo nifa ne nea ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb nifa, na yɛde gya hyew Siklag. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So wode me besian akɔ dɔm no nkyɛn? Na ose: Ka me Onyankopɔn sɛ worenkum me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo mesian makɔ dɔm no nkyɛn. Na ɔde no sian kɔe; na hwɛ, asade bebree a wɔakɔfa Filistifo asase so ne Yuda asase so no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresaw. Na Dawid kunkum wɔn fi ahemadakye kosii da a edi so no anwummere; na wɔn mu biara amfi mu gye mmerante ahanan a wɔtenatenaa yoma so guanee. Na Dawid gyee nea Amalekfo fae no nyinaa; ne yerenom baanu no nso, Dawid gyee wɔn; na anka wɔn biribiara, ketewa oo, kɛse oo, mmammarima oo, mmabea oo, asade a wɔbɛfae no mu biara oo, Dawid de ne nyinaa san bae. Na Dawid faa nguan ne anantwi no nyinaa, na wɔde mmoa no dii n’anim bae, na wɔkae sɛ: Eyi de, Dawid asade ni. Na Dawid duu mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi anni Dawid akyi a wogyaw wɔn tenaa Besor subon ho no nkyɛn. Na wofii adi behyiaa Dawid ne dɔm a wɔne no nam no, na Dawid bɛn dɔm no kyiaa wɔn. Ɛnna mmarima a wɔne Dawid kɔe no mu nnipa bɔne ne ahuhufo bi buae sɛ: Sɛ wɔne yɛn ankɔ nti, wɔremma wɔn asade a yɛakogye no bi, gye wɔn yerenom ne wɔn mma na wɔmfa wɔn nkɔ. Na Dawid kae sɛ: Anuanom, monnyɛ sa, nea AWURADE de ama yɛn, na wahwɛ yɛn so, na ɔde dɔm a wɔbaa yɛn so no ahyɛ yɛn nsa. Na hena na obetie mo, asɛm yi mu? Na sɛnea ɔkɔ akono kyɛfa te no, saa ara na nea ɔtena nneɛma ho no nso kyɛfa te: Wɔnkyɛ mu pɛ. Na efi da no ara de rekɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛde ne atemmude maa Israel de besi nnɛ. Na Dawid duu Siklag no, ɔsomae ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyin a wɔyɛ ne nnamfo kae sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfo asade mu akyɛde a wɔde rebrɛ mo ni. Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ nifa ne wɔn a wɔwɔ Yatir, ne wɔn a wɔwɔ Aroer ne wɔn a wɔwɔ Sifmot ne wɔn a wɔwɔ Estemoa, ne wɔn a wɔwɔ Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelifo nkurow mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifo nkurow mu, ne wɔn a wɔwɔ Horma ne wɔn a wɔwɔ Borasan ne wɔn a wɔwɔ Atak, ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeaemmeae a Dawid ne ne nnipa akyinkyin nyinaa. Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima guanee Filistifo anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔw so. Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo no kum Saul mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua. Na ɔko no den Saul, na bɛmmatofo, mmarima a wokura ta huu no, na wɔtow no, piraa no. Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so. Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so saa ara, na ɔne no wui. Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara. Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu. Na ade kyee a Filistifo bae beyiyii atɔfo ho ade no, wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so. Na wotwaa ne ti, na woyii ne ho akode, na wɔsoma ma wɔde kyinii Filistifo asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfi ne ɔman no mu. Na wɔde n’akode no kosiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛn Bet-san fasu ho. Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul no, akofo nyinaa sɔree, nam anadwo mu no nyinaa kɔfaa Saul funu ne ne mma afunu no fii Bet-san fasu no ho de baa Yabes, na wɔhyewee wɔ hɔ. Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkorae ɔsantɛw dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson. Na Saul wu akyi a Dawid asan afi Amalek kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu. Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no. Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mifi miguanee yi. Na Dawid bisaa no sɛ: Asɛm no kɔɔ dɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ose: Ɔman no aguan afi ɔko no ano, na ɔman no mufo pii atotɔ na wɔawuwu, na Saul ne ne ba Yonatan nso awuwu. Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Woyɛɛ dɛn hui sɛ Saul ne ne ba Yonatan awuwu? Na aberante a ɔka kyerɛɛ no no kae sɛ: Mikofii Gilboa Bepɔw so, na hwɛ, Saul tweri ne peaw ho, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo retaa no. Na ɔhwɛɛ n’akyi no, ohuu me, na ɔfrɛɛ me. Na migyee no so sɛ: Mini. Na obisaa me sɛ: Woyɛ hena? Na mibuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Begyina me so kum me, na nketenkete akita me, nanso me kra nyinaa da so wɔ me mu. Ɛnna migyinaa no so mikum no, na minim sɛ n’asehwe akyi no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotiri a ɛbɔ ne ti ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura ha. Ɛnna Dawid soo n’atade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yeyɛɛ saa. Na wotwaa adwo na wosui, na wɔkyen kɔm ara koduu anadwofa maa Saul ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fi, sɛ wɔatotɔ nkrante ano. Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wufi he? Na ose: Ɔhɔho Amalekni bi ba ne me. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woansuro sɛ wobɛteɛ wo nsa akum nea AWURADE asra no ngo no? Na Dawid frɛɛ ne mmerante no mu bi sɛ: Twiw bɛn no bɔ no! Na ɔbɔɔ no ma owui. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi na w’ano na adi wo adanse sɛ: Me na makum nea AWURADE asra no no. Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi; na ɔkae sɛ wɔmfa nkyerɛ Yuda mma, bɛmma dwom; hwɛ, wɔakyerɛw Yasar Nhoma no mu: Israel, w’anuonyam no wo sorɔnsorɔmmea so na wɔahwirow wɔn mu. Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara! Monnka wɔ Gat, mommmɔ no kaseɛ wɔ Askelon mmɔnten so, na Filistifo mmabea ani annye, na momonotofo mmabea anni ahurusi. Mo Gilboa mmepɔw, wɔmmma obosu ne osu nngu mo so, na nnɔbae mfuw mmma mo so, na ɛhɔ na wɔtow ɔhoɔdenfo kyɛm kyenee, nsaase a wɔbɔ so afɔre, Saul kyɛm, sɛ nea wɔnsraa no ngo de. Atɔfo mogya, ahoɔdenfo srade, Yonatan bɛmma ansan amfi ho da, na Saul nkrante nso ansan amfi ho kwa. Saul ne Yonatan te ase, na wɔyɛ ahoɔfɛfo a wɔn ho yɛ anika, na wɔn wu mu nso wɔanni mpaepaemu. Wɔn ho yɛ hare sen akɔre, wɔn ho yɛ den sen agyata. Israel mmabea, Saul na munsu no, ɔno na ofuraa mo atankɔkɔɔ ma ɛyɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛde guguu mo ntade so. Ahoɔdenfo atotɔ ɔko mu dɛn ara! Wɔahwirow Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so. Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ. Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara, na akode asɛe yi. Na eyi akyi no Dawid bisaa AWURADE sɛ: So memforo menkɔ Yuda nkurow bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kae sɛ: Ɛhe na memforo menkɔ? Na ose: Hebron. Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal yere no. Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fifo bae, na wɔbɛtenatenaa Hebron nkurow mu. Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul. Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Yabes-gileadfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saul adɔe sɛɛ, na moasie no. Na afei AWURADE ne mo nni no adɔe ne nokware so, na sɛ moayɛ saa ade yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yiye yi bi. Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene. Na Saul safohene Ner ba Abner faa Saul ba Is-boset de no kɔɔ Mahanaim, na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurifo ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene. Saul ba Is-boset bedii Israel so hene no na wadi mfirihyia aduanan, na odii hene mfe abien. Yuda fi nko na wodii Dawid akyi. Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia. Na Ner ba Abner ne Saul ba Is-boset nkoa tu fii Mahanaim baa Gibeon. Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe na wohyiae boaboaa wɔn ho ano Gibeon tare ho, eyinom boa ɔtare no fa ha, na eyinom boa ɔtare no fa ha. Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmerante no nsɔre ngoru yɛn anim ɛ! Na Yoab kae sɛ: Wɔnsɔre ɛ! Ɛnna wobubuu wɔn ho ano sɔre kɔe. Benyamin ne Saul ba Is-boset de dumien, ne Dawid nkoa mu dumien. Na wɔn nyinaa susoo wɔn mfɛfo ti de wɔn nkrante wowɔɔ wɔn mfɛfo mfem na wɔtotɔe prɛko. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ Helkat-hasurim a ase ne: Ano nnamnam afuw a ɛwɔ Gibeon. Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkogu Dawid nkoa no anim. Na Seruia mma baasa no wɔ hɔ. Yoab ne Abisai ne Asahel. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wuram atwe no bi. Na Asahel taa Abner, na wamman ankɔ nifa anaa benkum amfi Abner akyi. Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyi, na ɔkae sɛ: So wo Asahel ni? Na ose: Mene no. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Man wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmerante no mu bi na gye n’asade fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔsan fi n’akyi. Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: San fi m’akyi kɔ! Ɛdɛn nti na memmɔ wo menhwe fam? Na metumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab dɛn? Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Ɛnna Abner de ne peaw to wɔɔ ne yafunum, na peaw no hwirew n’akyi, na ɔhwee hɔ wui hɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du nea Asahel hwe wui hɔ a, ogyina komm. Na Yoab ne Abisai tiw Abner. Na owia kɔtɔe no na, wɔadu Amma koko a ɛda Gia anim Gibeon sare so kwan ho no so. Na Benyaminfo boaboaa wɔn ho ano gyinaa Abner akyi yɛɛ kuw biako, na wokogyinaa koko bi atifi. Na Abner frɛɛ Yoab sɛ: So nkrante nsɛe ade nkosi daa? So wunnim sɛ akyiri bɛyɛ awerɛhow? Na enkodu da bɛn ansa na woaka akyerɛ ɔman no sɛ wɔnsan mfi wɔn nuanom akyi? Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te ase yi, sɛ woankasa a, anka efi anɔpa no, mmarima agyae wɔn nuanom akyidi kɔ dedaw. Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nanso wɔankɔ so anko bio. Na Abner ne ne nnipa no faa Araba; tataw so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan, nam awia mu no nyinaa koduu Mahanaim. Na Yoab san fii Abner akyi na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel. Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia. Na wɔsoaa Asahel kosiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na ade kyee wɔn Hebron. Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara. Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no. Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Na nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba. Na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia. Na nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Eyinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na bere a akodi da Saul fi ne Dawid fi ntam no, Abner kɔɔ so yɛɛ den Saul fi mu ara. Nso Saul wɔ ɔyefam bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babea. Na Is-boset ka kyerɛɛ Abner sɛ. Ɛdɛn nti na wokɔ m’agya yefam ho? Na Is-boset asɛm no yɛɛ Abner abufuw sɛ, na ɔkae sɛ: So ɔkraman ne me a, me ne Yuda asidi mu meyɛ w’agya Saul fi, ne nuanom ne ne nnamfonom adɔe nnɛ, na minyii wo menhyɛɛ Dawid nsa na worehwehwɛ me ho amumɔyɛ ɔbea yi ho? Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛnea AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no, sɛ wɔbɛma ahenni no afi Saul fi, na wɔde Dawid ahengua asi Israel ne Yuda so, afi Dan akosi Beer-seba. Na sɛ osuro no nti, wantumi ammua Abner asɛm bi bio. Na Abner somaa abɔfo sii n’ananmu kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkae sɛ. Hena na asase yi wɔ no? Ɔkae nso sɛ. Wo ne me mpam; na hwɛ, me nsa bɛka wo ho de adan Israel nyinaa aba wo nkyɛn. Na ɔkae sɛ. Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na ade biako pɛ na merebisa wo hɔ sɛ: Nhu m’anim gye sɛ wode Saul babea Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim. Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Saul ba Is-boset nkyɛn kɔkae sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ano ɔha migyee no aware no brɛ me. Na Is-boset soma ma wɔkɔfaa no fi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn. Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde osu dii n’akyi ara koduu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ! Na ɔsanee. Na Abner ne Israel mpanyin kasae sɛ: Mmere a atwam no, na mohwehwɛ Dawid sɛ ommedi mo so hene. Na afei monyɛ ɛ! Efisɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede megye me man Israel, Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam. Na Abner kasa guu Benyamin asom nso, na Abner kɔe nso kɔkaa nea eye, Israel ne Benyamin fi nyinaa ani so, guu Dawid asom Hebron. Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid tow Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pon. Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam na woadi wɔn a wɔpɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan na ɔkɔe asomdwoe mu. Na hwɛ, Dawid nkoa ne Yoab fii akofo asafo mu bae, na wɔde asade pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, efisɛ wagya no kwan ma ɔkɔ dwoodwoo. Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa bae no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn na wagya no kwan na ɔkɔ asomdwoe mu. Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Dɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, ɛdɛn nti na woagya no kwan na ɔkɔ yi? Wunim Ner ba Abner sɛ ɔbae sɛ ɔbɛdaadaa wo na wahu wo kɔree ne bae na wahu nea woreyɛ nyinaa. Na Yoab fii adi fii Dawid nkyɛn na ɔsomaa abɔfo kotiw Abner na wɔde no fii Sira abura ho san bae. Na Dawid de na onnim. Na Abner san baa Hebron no, Yoab de no man kɔɔ kurow pon no mu, sɛ ɔne no kɔkasa brɛoo, ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum ma owui. Na ɛno akyi Dawid tee na ɔkae sɛ: Me ne m’ahenni di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa. Wɔmma emmua Yoab atifi ne n’agya fi nyinaa so nanso wɔmmma nea ne ho sen nsu bi, ne ɔkwatani ne nea otweri poma so, ne nea ɔtɔ nkrante ano ne nea aduan bɔ no, mmpa Yoab fi da. Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, efisɛ okum wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu. Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi. Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so sui Abner da so na ɔman no nyinaa sui. Na ɔhene twaa Abner ho kwadwom yi sɛ: So ɛsɛ sɛ Abner wu ogyennyentwi wu? Wɔankyere wo nsa da, na wɔanto wo nan mpokyerɛ da. Sɛ wɔtɔ amumɔyɛ mma anim na woatɔ yi. Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio. Na ade nsae no, ɔman no nyinaa bae sɛ wɔbɛma Dawid adidi nanso Dawid kaa ntam sɛ: Saa na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduan anaa biribiara meka m’ano ansa na owia kɔtɔ a! Na ɔman no nyinaa hui, na ɛsɔɔ wɔn ani, sɛ ade a ɔhene yɛ nyinaa sɔ ɔman no nyinaa ani no. Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hui da no, sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔma wokum Ner ba Abner. Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: So munnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛse atɔ nnɛ da yi Israel? Na me de, ɛnnɛ meyɛ mmerɛw na wɔasra me asi me hene; na mmarima yi, Seruia mma yi, yɛ den ma me. AWURADE ntua nea ɔyɛ bɔne no ka sɛnea ne bɔne te. Na Saul ba Is-boset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam gowee na Israel nyinaa yɛɛ yoo. Na Saul ba no wɔ mmarima baanu a wodi no asafohene, obiako din de Baana na nea ɔka ho no din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wofi Benyamin mma mu. Na wobu Beerot nso fra Benyamin. Na Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na wɔwɔ hɔ de besi nnɛ. Na Saul ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien asinsen. Saul ne Yonatan ho asɛm no fi Yesreel bae no na wadi mfe anum na ne gyigyefo maa no so guanee. Na ɔreyɛ ntɛm aguan no, ɔhwee ase na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset. Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana siim baa Is-boset fi awia ketee, nso na wada awianna. Na wɔba beduu ofi no mfinimfini sɛ wɔrebɛfa awi, na wɔwɔɔ ne yafunum. Na Rekab ne ne nua Baana fi guanee. Na woduu ɔdan no mu na ɔno nso da mpa so ne dabekyiri no wɔwɔɔ no kum no na wotwaa ne ti na wɔde ne ti no nam tataw so kwan anadwo no nyinaa kɔe. Na wɔde Is-boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ wo tamfo Saul ba Is-boset a anka ɔhwehwɛ wo akum wo no ti ni, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saul ne n’asefo so were ama me wura ɔhene. Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ogyee me kra ahohia nyinaa mu te ase yi, nea ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saul awu na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde brɛɛ me no, mekyeree no mikum no Siklag, mede mituaa no n’asɛm no so ka, na menne sɛ nnipa bɔne adi onipa trenee awu ne fi, ne nnae so. Na afei, so meremmisa ne mogya mo nsam na merenyi mo mimfi asase so anaa? Na Dawid hyɛɛ ne mmerante no ma wokum wɔn na wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan de sensɛn ɔtare a ɛwɔ Hebron no ho. Na Is-boset ti no de wɔfae na wosiee no Abner da mu Hebron. Ɛnna Israel mmusuakuw nyinaa baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ wo nnompe ne wo honam ne yɛn. Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin. Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene. Dawid bedii hene no na wadi mfe aduasa, na odii hene mfirihyia aduanan. Odii Yuda so hene Hebron mfe ason ne asram asia, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem. Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kotuaa Yebusifo a wɔte asase no so no. Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha na anifuraefo ne mpakye mpo besiw wo kwan. Na wodwen sɛ Dawid renkɔ mu hɔ. Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no. Na Dawid kae da no sɛ: Obiara a obekum Yebusifo no nkodu nsuka no ho na onkunkum mpakye ne anifuraefo a Dawid kra tan wɔn no nso! Enti na wɔka sɛ: Onifuraefo ne apakye mmma ofie. Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam. Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi. Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid. Na Dawid hui sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn ne sɛ ne man Israel nti wama n’ahenni so. Na Dawid fi Hebron bae akyi no, ɔkɔɔ so warewaree yefam ne yerenom fii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmabea maa Dawid bio. Na wɔn a wɔwoo wɔn maa Dawid Yerusalem no din ni: Samua ne Sobab ne Natan ne Solomon, ne Yibhar ne Elisua ne Nefet ne Yafia, ne Elisama ne Eliada ne Elifelet. Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, osian kɔɔ aban no mu. Na Filistifo no bae bɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ. Menkɔ Filistifo no so anaa? So wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na mede Filistifo no mɛhyɛ wo nsa ampa. Na Dawid kɔɔ Baal-perasim na Dawid kunkum wɔn hɔ, na ɔkae sɛ: AWURADE apae m’atamfo mu m’anim sɛ wɔpae nsu mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Baal-perasim ase ne: Ntewmubea. Na wogyigyaw wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tasee. Na Filistifo no san foro bae bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu. Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkae sɛ: Nkɔ! Dan wo ho kosi wɔn akyi na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so. Na sɛ wote nantew nka balsam nnua no atifi a, ɛno de ka wo ho, efisɛ ɛno de na AWURADE afi redi w’anim akokum Filistifo nsra no. Na Dawid yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no na okunkum Filistifo no fi Geba de koduu Geser. Na Dawid san hyiahyiaa Israel mmarima a wɔapaw wɔn nyinaa bio; wɔn ano si ɔpeduasa. Na Dawid sɔree, na ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa kɔe kofii Baaleyuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka a wɔbɔ din sɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim so no afi hɔ aba. Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no. Onyankopɔn adaka no fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so rekɔ no, na Ahio di adaka no anim na ne nuabarima di nkyɛn mu. Na Dawid ne Israel fi nyinaa de wɔn ahoɔden nyinaa, ne nnwom ne asanku ne bɛnta asanku a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ ne mpintin ne nnɔnnɔmma ne nsammɔ nnawuru gorui, AWURADE anim. Na woduu Nakon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kɔkaa Onyankopɔn adaka no soo mu, efisɛ anantwi no hintiwii. Na AWURADE bo fuw Usa na mfomso no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ na owui Onyankopɔn adaka no nkyɛn hɔ. Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abufuw aba Usa so. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa, ase ne: Usa so abufuw, de besi nnɛ yi. Na Dawid suroo AWURADE da no na ɔkae sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn dɛn? Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kurow no mu, na Dawid de man kɔɔ Gitni Obed-edom fi. Na AWURADE adaka no tenaa Gitni Obed-edom fi asram abiɛsa na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fi nyinaa. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ. AWURADE ahyira Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa, Onyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔe kɔfaa Onyankopɔn adaka no fii Obed-edom fi de baa Dawid kurow mu anigye mu. Na sɛ wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutu anammɔn asia a, ɔde nantwi ne aboa a wadɔ bɔ afɔre. Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sawee AWURADE anim; nso Dawid hyɛ nwera asɔfotade. Na Dawid ne Israel fi nyinaa de osebɔ ne torobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae. Na AWURADE adaka no duu Dawid kurow mu no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw AWURADE anim, na obuu no animtiaa ne koma mu. Na wɔde AWURADE adaka no bae de besii ne sibere, ntamadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, AWURADE anim. Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no. Na ɔkyɛɛ ade maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmea; ɔmaa wɔn mu biara abodoo sebɔw biako ne nankum ne bobe aba tetare. Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi. Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi! Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔpaw me fii w’agya ne ne fi nyinaa akyi, yii me na ɔhyɛɛ me sɛ minni ne man Israel so panyin no anim na migorui. Na mɛyɛ ayemfo masen eyi bio na mayɛ m’ani so famni. Nanso mfenaa a woka no, wɔn ara na ɛbɛhyɛ me anuonyam. Na Saul babea Mikal annya ɔba de kosii ne wuda. Bere a ɔhene te ne fi na AWURADE ama no ɔhome afi n’atamfo nyinaa ho ahyia no, ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete kyeneduru dan mu, na Onyankopɔn adaka no si ntamadan mu. Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi. Na anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni. So wo na wubesi dan ama matena mu? Na efi da a miyii Israelfo fii Misraim bae de bedu nnɛ yi, mentenaa ofi mu da na mmom menam ntamadan tenabea mu. Bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee no nyinaa mu no, so maka asɛm bi makyerɛ Israel abusuakuw biara a mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel sɛ: Ɛdɛn nti na munsi kyeneduru dan mma me? Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni. Me na mefaa wo mifii nguan hwɛbea, fii nguan akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin. Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din. Na mesiesie tenabea mama me man Israel, na medua wɔn na wɔatena wɔn tenabea, na wɔanhwanyan wɔn bio, na amumɔyɛ mma anhaw wɔn bio sɛ kan no, ne bere a mehyɛɛ akannifo sɛ wonni me man Israel so no; na mɛma woahome afi w’atamfo nyinaa ho. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekye ofi ama wo. Sɛ wo nna wie du, na wo ne w’agyanom kɔda wɔ asaman a, mɛma w’aseni a ofi wo yam so, w’akyi na mɛma n’ahenni atim. Ɔno na obesi dan ama me din na mɛma n’ahenni agua atim akosi daa. Me na mɛyɛ no agya na ɔno nso ayɛ me ɔba, na sɛ ɔfom a, mede nnipa poma ne nnipa mma mmaa mɛteɛ no so. Na m’adɔe remfi ne ho sɛnea efii Saul a mituu no w’anim no ho no. Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa m’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa. Sɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔhene Dawid bae bɛtenaa AWURADE anim na ɔkae sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na me fi ne dɛn sɛ wode me abedu sesɛɛ yi? Nanso eyi da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fi, na woakyerɛ me awo ntoatoaso a ɛbɛba, O Awurade Nyankopɔn. Na ɛdɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wunim w’akoa, O Awurade Nyankopɔn. W’asɛm nti ne sɛ wo koma te no na woayɛ ade akɛse yi, sɛ wobɛma w’akoa ahu. Enti woso kokuroo, O AWURADE Nyankopɔn na obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ate no nyinaa te no. Na ɔman biako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man, sɛ Israel a Onyankopɔn akogye wɔn afa ayɛ ɔman de agye din na wayɛ ade akɛse ne ade a ɛyɛ hu ama mo, ama w’asase, wo man a wugyee wɔn fae fii Misraim, amanaman ne wɔn anyame nsam no anim? Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man akosi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn. Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka w’akoa ne ne fi ho no, ma ennyina nkosi daa na yɛ sɛnea woaka no. Na ma wo din nso nkosi daa sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na ma w’akoa Dawid fi nnyina w’anim pintinn. Na wo, O Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotiw sɛ: Mɛkyekye ofi mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo sɛɛ mpae yi. Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, wo ara ne Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokware, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ, na afei ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira w’akoa fi na agyina w’anim. Na wo, AWURADE Nyankopɔn na woaka na wo nhyira mu na wobehyira w’akoa fi daa. Na eyi akyi no, Dawid toaa Filistifo no na ɔbrɛɛ wɔn ase na Dawid gyee Meteg-amma ahenkurow no sodi fii Filistifo nsam. Na ɔkaa Moab nso gui na ɔma wɔdedaa fam, de susuhama susuw wɔn; na osusuw ahama abien sɛ wonkum wɔn, ne hama biako a edu pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena ase. Na Moab yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na Dawid kaa Soba hene Rehob ba Hadadeser gui, bere a ɔkɔe sɛ okogye ne nsaase a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ho no mu. Na Dawid kyeree wɔn mu apɔnkɔsotefo apem ahansɔn ne anammɔnmufo ɔpeduonu na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de. Na Damasko Siriafo bae sɛ wɔbɛboa Soba hene Hadadeser; na Dawid kum Siriafo no mu nnipa ɔpeduonu abien. Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa. Na Dawid gyigyee sika akyɛm a Hadadeser nkoa kurae no de baa Yerusalem. Na ɔhene Dawid faa kɔbere pii pa fii Hadadeser nkurow Beta ne Berotai mu. Na Hamat hene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa agu no, Toi somaa ne ba Yoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu, efisɛ Hadadeser ne Toi taa di dɔm; na Yoram de dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne kɔbere nnwinne bae. Ɛno nso na ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronne maa AWURADE, ɛne dwetɛ ne sika a efi amanaman a ɔbrɛɛ wɔn ase no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronne no: Efi Edom ne Moab ne Amonfo ne Filistifo ne Amalekfo ne Soba hene Rehob ba Hadadeser asade mu. Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe. Na ɔde bansifo tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifo tenatenae na Edomfo nyinaa yɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa. Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid dii asɛntrenee buu atɛntrenee maa ne man nyinaa. Na Seruia ba Yoab na odi dɔm so na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefo; na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo, na Seraia ne ɔkyerɛwfo, na Yoiada ba Benaia na odi Keretifo ne Peletifo no so, na Dawid mma ne asɔfo. Na Dawid kae sɛ: So obi da so wɔ hɔ a waka Saul fi, na Yonatan nti menyɛ no adɔe? Na Saul fi akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wokohyiaa no baa Dawid nkyɛn no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: So wone Siba? Na ose: W’akoa ne no. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar. Na ɔhene soma ma wɔkɔfaa no Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar bae. Na Saul ba Yonatan ba Mefiboset duu Dawid nkyɛn no, ɔde n’anim hwee fam kotow no. Na Dawid kae sɛ: Mefiboset! Na ose: W’akoa ni. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe na madan w’agya Saul asase nyinaa mama wo na woadidi me pon so daa yi. Na ɔkotow kae sɛ: W’akoa ne hena a worehwɛ no teta sɛ, ɔkraman funu yi? Ɛnna ɔhene frɛɛ Saul abofra Siba na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ade nyinaa a ɛyɛ Saul ne ne fi nyinaa de no, mede mama wo wura ba. Enti dɔw asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra na wo wura ba nnya aduan nni. Na wo wura ba Mefiboset de, onnidi me pon so daa yi. Nso Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu. Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kae sɛ: Mefiboset de, onnidi me pon so sɛ ɔhene mma mu bi. Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fi nyinaa yɛ Mefiboset nkoa. Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pon so na odidi daa yi. Na ɔtɔ ne nan abien so apakye. Na eyi akyi no, Amonfo hene wui, na ne ba Hanun besii n’ananmu dii hene. Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wu no nti. Na Dawid nkoa no duu Amonfo asase so. Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: So wususuw sɛ w’agya ni na Dawid di nti na ɔsomaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ kurow yi mu pɛepɛe ne ne nsra ne ne butuw nti na Dawid somaa ne nkoa baa wo nkyɛn yi? Na Hanun faa Dawid nkoa no yiyii wɔn bogyesɛ fa fa, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa beduu wɔn to ase na ogyaa wɔn kwan. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kae sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba. Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien. Na Dawid tee no, ɔsomaa Yoab ne akofofo dɔm no nyinaa kɔe. Na Amonfo fii adi betwitwaa mpasua kurow no pon ano; na Soba ne Rehob Siriafo ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyina wuram. Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no anim ne akyiri no, ɔpaw Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi ma wotwitwa kohyiaa Siriafo. Na dɔm no nkae no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa ma otwa kohyiaa Amonfo. Na ɔkae sɛ: Sɛ Siriafo yɛ den sen me a, bɛboa me, na sɛ Amonfo na wɔyɛ den sen wo a, mɛba mabɛboa wo. Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so. Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho no ne Siriafo de bɔɔ ani, na woguanee n’anim. Na Amonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso woguanee Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Ɛnna Yoab san fii Amonfo no ho baa Yerusalem. Na Siriafo hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔboaboaa wɔn ho ano faako. Na Hadadeser soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano na okotwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafo twitwaa mpasua hyiaa Dawid na wɔne no koe. Na Siriafo guanee Israel anim na Dawid kunkum Siriafo mu nteaseɛnamfo ahansɔn ne apɔnkɔsotefo ɔpeduanan, na opiraa ɔsahene Sobak ma owui hɔ. Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hui sɛ wɔagu Israel anim no wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom wɔn. Na Siriafo suroe sɛ wɔbɛboa Amonfo no bio. Afe bi mu ɔpɛ bere mfiase, a ahemfo taa tu sa no, Dawid somaa Yoab ne ne nkoa kaa ne ho ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo; na wokotuaa Raba nso. Na Dawid de, ɔtenaa Yerusalem. Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ. Na Dawid soma kobisaa ɔbea no ho asɛm. Na wɔkae sɛ: So ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria no yere? Na Dawid somaa ɔbɔfo ma wɔkɔfaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔbea no kɔɔ ne fi nso na wadwira ne ho afi n’afikyirikɔ. Na ɔbea no nyinsɛnee na ɔsoma kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Manyinsɛn. Na Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn. Na Uria duu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛnea Yoab ne dɔm no te ne sɛ ɔsa no te. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Sian kɔ wo fi kɔhohoro wo nan ase. Na Uria fii ɔhene fi kɔe no, wɔde ɔhene ayɛyɛde fi dii n’akyi. Na Uria kɔdaa ɔhene fi pon ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansian ankɔ ne fi. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansian ankɔ ne fi. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: So ɛnyɛ ɔkwan na wufi bae? Ɛdɛn nti na woansian ankɔ wo fi? Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn Adaka no, ne Israel ne Yuda tete asese mu na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ wuram nsra na me de, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote ase na wo kra te ase yi, merenni saa asɛm yi. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne n’adekyee. Na Dawid frɛɛ no ne no didi nomee na ɔma ɔbowee; na anadwofa no, ofii adi kɔdaa ne nnae so, ɔne ne wura nkoa, na wansian ankɔ ne fi. Na ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw nhoma maa Uria de kɔmaa Yoab, na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Momma Uria nkodi dɔm a ɛyɛ den no ano na montwe mo ho mfi n’akyi na wɔmmɔ no na ɔntɔ. Na Yoab retua kurow no no, ɔde Uria kodii nea onim sɛ dɔmmarima wɔ no. Na kurow no mu mmarima fii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe. Ɛnna Yoab soma kɔkaa ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. Na ɔhyɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛ woka ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie, na ɔhene bo huru na ɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na mobɛn kurow no kɔkoe sɛɛ? So munnim sɛ wobefi ɔfasu no so abɛtotow? Hena na ɔbɔɔ Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbea bi na ɔtow owiyammo ba fi ɔfasu so bɔɔ no ma ɔtɔe, Tebes no? Ɛnne ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. Na ɔbɔfo no siim, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den na wofi baa yɛn so petee mu no, yɛsaa wɔn ara koduu kurow no pon ano; na atowfo no fi ɔfasu so totow guu wo nkoa so na ɔhene nkoa no bi totɔe na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛɛ na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nnhaw wo, na nkrante twa ha na etwa ha. Ma wo ko no mu nyɛ den nhyɛ kurow no, na dwiriw gu. Na fa hyɛ no nkuran. Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awu no, ogyam ne wura no. Na kunayɛ bere twaa mu no, Dawid soma kɔfaa no baa ne fi, na ɔbɛyɛɛ ne yere no ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid dii no ansɔ AWURADE ani. Na AWURADE somaa Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, obiako yɛ ɔdefo na obiako yɛ ohiani. Ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree pa, na ohiani no de, onni hwee sɛ oguammere ketewa biako, a ɔtɔɔ no; na ɔyɛn no na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Odi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabea. Na da koro bi a ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantenni a wabɛsoɛ no no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no. Ɛnna Dawid bo hurui pii hyɛɛ ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu. Na oguan no, ɔnhyɛ ananmu mpɛn anan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhu mmɔbɔ. Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ. Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. Me na mesraa wo ngo na mede wo misii Israel so hene, na miyii wo Saul nsam; na mede wo wura fi memaa wo, na mede wo wura yerenom nso miguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi memaa wo; na sɛ esua a, anka mede sɛɛ ne sɛɛ mɛka wo ho. Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu. Na afei nkrante remfi wo fi kosi daa, esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hetini Uria yere aware no. Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma bɔne aba wo so ne wo fi so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu awia ketee. Na wo de woyɛɛ no ahintawee mu, na me de, medi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso ama wo bɔne atwam, worenwu. Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu. Na Natan kɔɔ ne fi. Na AWURADE de owuyare bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no. Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no. Na ne fi mpanyimfo kogyinaa no so sɛ wɔbɛma no so afi fam; nanso wampene na ɔne wɔn nso annidi. Na da a ɛto so ason no, akokoaa no wui. Na Dawid nkoa suroe sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na wɔkae sɛ: Hwɛ, akokoaa no da so te ase no po, yɛne no kasae, na wantie yɛn. Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na ɔrenyɛ bɔne bi? Na Dawid hui sɛ ne nkoa reyɛ huhuhuhu no, Dawid hui sɛ akokoaa no awu; na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: So akokoaa no awu anaa? Na wose: Wawu. Ɛnna Dawid sɔre fii fam, na oguare srae, na ɔsakraa n’atade na ɔkɔɔ AWURADE fi kɔsɔree. Na ɔbaa ne fi, na obisa ma wɔde aduan besii n’anim, na odii. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadi yi? Akokoaa no da so te ase no, wubua dae na wusui; na akokoaa no wui mmom no woasɔre adidi. Na ose. Akokoaa no da so te ase no, mibua medae, na misui na mise: Hena na onim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akokoaa no anya nkwa; na afei wanya awu; ɛdɛn nti na minni abuada? So metumi masan no aba bio? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn. Na Dawid kyekyee ne yere Batseba werɛ; na ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Solomon, na AWURADE dɔ no. Na ɔsomaa odiyifo Natan ma ɔkɔtoo no din Yedidia ase ne: AWURADE dɔfo, AWURADE nti. Na Yoab ne Amonfo a wɔwɔ Raba koe na ogyee ahenkurow no. Na Yoab somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsu ano kurow no. Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛbɔ kurow no ho nsra na gye, na me, mannye kurow no, na wɔamfa me din anto. Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe na ogyei. Na oyii wɔn hene abotiri fii ne ti; ne duru si sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae. Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem. Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no. Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree, na ɔyɛ ɔbaabun na ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribi. Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar. Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo nnae so na twa mpayare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduan, nanso ɔnyɛ aduan no m’anim, na minhu, na minni ne nsam. Ɛnna Amnon kɔdae na ɔboapa yaree. Na ɔhene bae bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ tetare abien m’anim na minni ne nsam. Na Dawid soma kɔɔ Tamar nkyɛn ofie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fi ɛ na kɔyɛ aduan ma no. Na Tamar kɔɔ ne nua Amnon fi; faako a ɔda hɔ. Na ɔfaa mmɔre fɔtɔwee na ɔyɛɛ tetare n’anim na ɔkyew tetare no. Na ɔtoɛɛ kyew dade no na ohwiei n’anim; nso wampɛ sɛ odi. Na Amnon kae sɛ: Ma nnipa nyinaa mfi me ho mfi adi. Na nnipa no nyinaa fii ne ho fii adi. Na Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: Fa aduan no bra piam, na minni wo nsam. Na Tamar faa tetare a ɔyɛe no de kɔmaa ne nua Amnon pia no mu. Na ɔde rema no sɛ onni no, osoo no mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nua! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Daabi, me nua nhyɛ me, na wɔnyɛ saa ade yi Israel mu; nni nkwaseasɛm yi! Na me de, ɛhe po na mede m’ahohora mɛkɔ? Na wo nso, wobɛyɛ sɛ Israel mu nkwaseafo no bi. Enti mesrɛ, wo ne ɔhene nkɔkasa na ɔremfa me nkame wo. Nanso wampɛ sɛ otie no na sɛ ne ho yɛ den sen no nti, ɔhyɛɛ no ne no dae. Ɛnna Amnon de ɔtan kɛse tan no pii, ma ɔtan a ɔde tan no no sen ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me nuabarima, ɔpam a worepam me yi sen bɔne a woyɛɛ me no. Na Amnon ampɛ sɛ otie no. Na ɔfrɛɛ n’abofra a ɔsom no no sɛ: Pam ɔbea yi fi me so fi adi na to ɔpon no akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi. Nso atade nworannworan yuu bi hyɛ no na saa mmatakari no na ɔhene mmabea a wɔyɛ mmabun no hyɛ. Na ne somfo no de no fii adi na ɔtoo ɔpon akyi korɔkorɔ mu guu n’akyi. Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe. Na ne nua Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nua Amnon akɔ wo ho anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa wo koma nto asɛm yi so. Na Tamar tenaa ne nua Absalom fi komm. Na ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no ne bo fuwii sɛ. Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa so. Na Absalom tan Amnon, sɛ wahyɛ ne nua Tamar ne no ada nti. Na mfe abien akyi no, Absalom ma wokotwitwaa ne nguan ho wɔ Baal-hasor a ɛda Efraim ho na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ. Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ w’akoa rema wɔakotwitwa ne nguan ho; enti ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛankɔyɛ wo so duru. Na ɔhyɛɛ no nanso wampɛ sɛ ɔkɔ, na ohyiraa no. Ɛnna Absalom kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na ɔne wo nkɔ? Na Absalom hyɛɛ no ara na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe. Nso Absalom ahyɛ ne mmerante sɛ: Monhwɛ na sɛ Amnon nom nsa na n’ani gye na mise mo sɛ: Mommɔ Amnon a, munkum no. Munnsuro, so ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ mo ho mmarima. Na Absalom mmerante no yɛɛ Amnon sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfurum so guanguanee. Na wɔwɔ ɔkwan mu no, asɛm no duu Dawid nkyɛn sɛ: Absalom akum ɔhene mma no nyinaa na wɔn mu biako pɛ anka. Ɛnna ɔhene sɔre sunsuan ne ntade mu na ɔdaa fam na ne nkoa nyinaa gyinagyina hɔ asunsuan wɔn ntade mu. Na Dawid ne nua Simea ba Yonadab buae sɛ. Mma me wura nnnwen sɛ wɔakum ɔhene mma mmerante no nyinaa na Amnon nko na wawu, na ɛwɔ Absalom anom ara fi da no a ɔhyɛɛ ne nua Tamar ne no dae no. Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ ne koma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu na Amnon nko na wawu. Na Absalom guanee. Na aberante a ɔwɛn no maa n’ani so hwɛe na hwɛ, nnipa bebree nam Horonaim kwan a ɛwɔ n’akyi no so, bepɔw nkyɛn mu, reba. Na Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔhene mma no reba; sɛ w’akoa kae no, sɛ ɛte neno. Na owiee ɔkasa no pɛ na hwɛ, ɔhene mma no bae na wɔmomaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu osu kɛse pa ara. Na Absalom guanee na ɔkɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai nkyɛn. Na Dawid gyam ne ba no nna nyinaa. Na Absalom guan kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa. Na ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, efisɛ na ne werɛ akyekye Amnon wu no ho. Na Seruia ba Yoab hui sɛ ɔhene koma wɔ Absalom ho. Na Yoab soma kɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi fi hɔ bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dan wo ho oyiyɛfo, na hyɛ ayiyɛ ntade nanso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbea a ofi gyam owufo akyɛ. Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka saa asɛm yi kyerɛ no. Na Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’anom. Na Tekoani bea no rekɔka akyerɛ ɔhene no, ɔde n’anim hwee fam kotow no kae sɛ: Ɔhene, boa! Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo? Na ose: Ampa, meyɛ okunafo, me kunu awu. Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu na wɔn baanu no kɔkoe wuram na ɔpatafo bi nni hɔ na obiako bɔɔ obiako ma owui. Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre ahyɛ w’afenaa na wose: Yi nea ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awu no kra nti yenkum no na yɛnsɛe ɔdedifo no nso. Na wɔde rebɛhyew m’ase nyinaa, na wɔannyaw din anaa okyikafo bi amma me kunu, asase ani. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Kɔ wo fi na mɛhyɛ wo ho ahyɛde. Na Tekoani bea no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fi so na ɛso yi nna na ɔhene ne n’agua nni bem. Na ɔhene kae sɛ: Obi ka wo asɛm bi a, fa no brɛ me na ɔrensan nka wo bio. Na ɔbea no kae sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn na mogya ho weretɔfo no ansɛe ade bio na wankum me ba. Na ose: Sɛ AWURADE te ase yi wo ba no nwi biako po rentɔ fam! Ɛnna ɔbea no kae sɛ: Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka me wura ɔhene asɛm bi. Na ose: Ka ɛ! Na ɔbea no se: Ɛnne ɛdɛn nti na woasusuw saa ade yi Onyankopɔn man ho na sɛ ɔhene reka asɛm yi a, ɔte sɛ nea odi so, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsan mma. Na owu de, yebewu ara na yɛte sɛ nsu a wɔahwie agu fam a wontumi nsesaw bio; nso Onyankopɔn de, onkum na mmom odwen nea ɛbɛyɛ na nea wɔapam no no wɔrempam no mfi ne ho. Na afei nea enti a mebae na me ne me wura ɔhene abɛka asɛm yi ne sɛ, ɔman no ma misuroe na w’afenaa kae sɛ: Me ne ɔhene bɛkɔ akɔkasa; ebia ɔhene bɛyɛ nea n’abaawa se no; sɛ ɔhene betie na wayi n’abaawa afi onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba fi Onyankopɔn agyapade mu no nsam. Na w’afenaa se: Wɔmma me wura ɔhene asɛm nyɛ me awerɛkyekye; efisɛ me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo a ohu papa ne bɔne, enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi. Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ ɔbea no se: Nsiw me asɛm a merebisa wo yi so. Na ɔbea no se. Me wura ɔhene nkasa ɛ! Na ɔhene kae sɛ: So Yoab nsa wɔ nsɛm yi nyinaa mu anaa? Na ɔbea no buae sɛ. Sɛ wo kra te ase yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛman nifa anaa benkum afi nea me wura ɔhene aka no nyinaa ho. Na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom. Sɛ ɔbɛdan asɛm no ani aka nti na w’akoa Yoab yɛɛ saa ade yi nanso me wura yɛ onyansafo sɛ Onyankopɔn bɔfo na ohu nea ɛwɔ asase so nyinaa. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, mema wo kwan, na kɔ na kɔfa aberante Absalom san bra. Na Yoab de n’anim butuw fam, kotowee na ohyiraa ɔhene. Na Yoab kae sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya me wura ɔhene anim anuonyam, sɛ ɔhene ayɛ nea n’akoa aka akyerɛ no. Na Yoab siim kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. Na ɔhene kae sɛ: Ma ɔmman nkɔ ne fi na m’anim na ɔrenhu. Ɛnna Absalom man kɔɔ ne fi na wanhu ɔhene anim. Nso Israel nyinaa mu obiara nni hɔ a wɔkamfo n’ahoɔfɛ sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho. Na sɛ oyi ne ti, nso daa afe du a, oyi, efisɛ ɛyɛ no duru a, oyi na wɔkari ne ti nwi no a, esi nnwetɛbona ahanu, ɔhene abrammo so. Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbea biako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbea a n’anim yɛ fɛ. Na Absalom dii Yerusalem mfe abien nanso wanhu ɔhene anim. Na Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔrebɛsoma no ɔhene nkyɛn nso wampɛ sɛ ɔba ne nkyɛn; na ɔsomae ne mprenu so bio nso wampɛ sɛ ɔba. Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwɛ, Yoab afuw wɔ me de ho na ɔwɔ atoko wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya. Ɛnna Yoab sɔre baa Absalom nkyɛn ofie bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuw a mewɔ no mu? Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma maba wo nkyɛn sɛ: Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn nkose no sɛ: Ɛdɛn nti na mifi Gesur mebae? Eye ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Enti afei mehu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, onkum me. Ɛnna Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no na ɔfrɛɛ Absalom na ɔbaa ɔhene nkyɛn na ɔkotow no de n’anim butuw fam ɔhene anim na ɔhene few Absalom ano. Na eyi akyi no, Absalom siesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no, dii n’anim. Na Absalom tuaa ahema kogyina kurow no pon ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abedi no, Absalom frɛ no sɛ: Kurow bɛn so na wufi? Na ose: Israel mmusuakuw bi mu na w’akoa fi a, Absalom ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ wo nsɛm ye na ɛteɛ, nanso obi nni hɔ a ofi ɔhene fam a obetie ama wo. Absalom ka nso sɛ: Hena na ɔde me besi asase yi so temmufo na me nkyɛn na anka obiara a okura asɛm bi anaa atemmude bi bɛba na mabu no atɛntrenee. Na sɛ obi twiw bɛn no bɛkotow no a, ɔteɛ ne nsa so no mu na ofew n’ano. Na sɛɛ na Absalom yɛ Israelfo a wɔba ɔhene nkyɛn asenni nyinaa; na Absalom de nyaa Israel mmarima baa n’afa. Na mfirihyia anan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboade a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron. Efisɛ metenaa Gesur wɔ Aram no w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me san ba Yerusalem a, ɛnne mɛsom AWURADE. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoe kɔ. Na osiim kɔɔ Hebron. Na Absalom somasomaa akwansrafo kɔɔ Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Mote torobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron. Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn fii Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn de wɔkɔɔ ɔkɔ hunu na wonnim ho hwee. Na Absalom soma kohyiaa Giloni Ahitofel, Dawid aguasenni, fii ne kurow Gilo mu, bere a ɔrebɔ afɔre no; na atirisopam no mu yɛɛ den na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara. Na ɔbɔfo bi baa Dawid nkyɛn bɛkae sɛ: Israel mmarima koma di Absalom akyi. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yenguan na yɛrennya mu afiye Absalom anim. Monyɛ ntɛm mma yɛnkɔ na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi na wamfa nkrante ammɛbɔ kurow yi. Na ɔhene nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛnea me wura ɔhene pɛ nyinaa no, hwɛ wo nkoa bɛyɛ. Ɛnna ɔhene fii adi na ne fifo nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaw mmea yefam du sɛ wɔnhwɛ ofie. Na ɔhene fii adi na ɔman no nyinaa dii n’akyi na wokogyinaa ɔdan bi a ɛwɔ akyirikyiri ho. Na ne nkoa nyinaa sen faa ne nkyɛn; na Keretifo nyinaa ne Peletifo nyinaa ne Gatfo nyinaa, mmarima ahansia a wodii n’akyi fi Gat bae no, betwaam ɔhene anim. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Ɛdɛn nti na wo nso ne yɛn rekɔ? San kɔ na kɔtena ɔhene nkyɛn na woyɛ ɔnanani ne nea wɔatu no afi ne kurow mu nso. Nnɛra nko na wobae na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkokyin? Na me de, merekɔ baabiara a metumi makɔ; san na fa wo nuanom nso ka wo ho san kɔ adɔe ne nokware so. Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa bɛtena! Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsen! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmofra a wɔka ne ho no nyinaa betwaam. Na asase no sofo nyinaa de nne kɛse sui na ɔman no nyinaa twaam kɔe na ɔhene twaa asu Kidron na ɔman no nyinaa twae kɔfaa sare so kwan fam. Na Abiatar bae na hwɛ, Sadok nso ni, a Lewifo nyinaa ka ne ho. Wɔso Onyankopɔn apam adaka no na wɔsoɛɛ Onyankopɔn adaka no sii hɔ, kosii sɛ ɔman no nyinaa fii kurow no mu twaam wiei ansa. Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Onyankopɔn adaka no san kɔ kurow no mu. Sɛ menya AWURADE anim anuonyam a, ɔde me bɛsan aba na wama mabehu no ne ne tenabea bio. Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, mini, ma ɔnyɛ me sɛnea eye n’ani so. Na ɔhene nso ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok sɛ: Hwɛ woyɛ ɔdehufo? So wohu w’ani so anaa? San kɔ kurow no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena. Hwɛ, mɛtwentwɛn me nan ase sare so tataw mu akosi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ me befi mo nkyɛn aba. Ɛnna Sadok ne Abiatar de Onyankopɔn adaka no san baa Yerusalem na wɔbɛtenaa hɔ. Na Dawid foroo Ngo-bepɔw, na ɔreforo no na ɔde su, na wakata ne ti na ɔnam anammɔn hunu mu; na nnipa a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti na wɔreforo no na wɔresu. Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid kae sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatu nnan nkwaseasɛm. Na Dawid duu atifi nea wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai behyiaa no, wasunsuane n’atade mu na ɔde dɔte agu n’atifi. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me sen kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. Na sɛ wosan kɔ kurow no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛnea kan no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei de, mɛyɛ w’akoa a wobɛma Ahitofel agyinatu no ayɛ ɔkwa ama me. Na asɔfo Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte ahemfi no, ka kyerɛ ɔsɔfo Sadok ne Abiatar. Hwɛ wɔn mma baanu no, Sadok ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan wɔ wo nkyɛn hɔ na wɔn so na momma asɛm biara a mobɛte mfa nnu me nkyɛn. Na Dawid adamfo Husai baa kurow no mu, mmere a na Absalom rehyɛn Yerusalem no. Na Dawid twaam fii atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset abofra Siba behyiaa no; ɔde mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso abodoo sebɔw ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne awia bere mu borɔdɔma ɔha ne nsa aboa nhoma kotoku ma. Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom. Na ɔhene kae sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na ose: Ɛnnɛ na Israel fi bɛdan m’agya ahenni ama me. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, nea ɛyɛ Mefiboset de nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kae sɛ: Mekotow wo, ma minnya me wura ɔhene anim anuonyam. Na ɔhene Dawid duu Bahurim no, hwɛ, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba fii adi fii hɔ bae; na ɔreba no, na ɔredome. Na ɔpaa Dawid ne ɔhene Dawid nkoa nyinaa abo; nso ɔman no nyinaa ne mmarima akofofo no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum. Na Simei redome no, sɛ ɔkae ni: Fi adi kɔ, fi adi kɔ, mogyapɛfo, onipa huhuni! AWURADE adan Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa aba wo so, na AWURADE de ahenni no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’amane mu na woda yi, efisɛ onipa a wahwie mogya agu ne wo. Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkotwa ne ti ɛ! Na ɔhene se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! Na ɛhena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛ sɛɛ? Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ofi me yam na ɔrehwehwɛ me akum me yi, na afei menne Benyaminni yi. Munnyaa no mma ɔnnome, efisɛ AWURADE na wahyɛ no. Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu. Na Dawid ne ne nnipa nam ɔkwan no so rekɔ no na Simei nam bepɔw no ho ne ntentenso rekɔ; na ɔrekɔ no, na ɔdome ara, na osianee no paa no abo, na ɔtow mfutuma petee. Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa duu Yordan no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ. Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem na Ahitofel ka ne ho. Na Husai, Arkini no, a ɔyɛ Dawid adamfo no baa Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa! Na Absalom ka kyerɛɛ Husai sɛ: W’adɔe a wode yɛ w’adamfo ni? Ɛdɛn nti na wo ne w’adamfo no ankɔ? Na Husai buaa no sɛ: Daabi, na nea AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne de na me ne no atena. Bio nso, hena na mɛsom no? So ɛnyɛ ne ba? Sɛnea mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ wo. Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Muntu nea yɛnyɛ ho agyina. Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ w’agya yefamnom a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no ne wɔn nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den. Ɛnna wosii Absalom ntamadan, aban no atifi, na Absalom kɔɔ n’agya yefamnom no ho, Israel nyinaa anim. Na Ahitofel ɛfo a otui nna no mu te sɛnea obi kobisa Onyankopɔn hɔ ade, saa na Ahitofel afotu nyinaa te ma Dawid ne Absalom. Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ma menkɔpaw mmarima ɔpedumien, na mensɔre minkotiw Dawid anadwo yi, na mɛkɔ makɔto no a wabrɛ na ne nsam agow na mayi no hu, na nnipa a wɔka ne ho no nyinaa aguan na makum ɔhene no nko; na mede ɔman no nyinaa bɛsan abrɛ wo, sɛnea ayeforo san ba ne kunu nkyɛn. Onipa biako pɛ na worehwehwɛ no akum no te sɛ ɔman no nyinaa sanba; na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm. Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa asom. Na Absalom kae sɛ: Kɔfrɛ Arkini Husai nso bra, na yentie nea ɔno nso wɔ ka. Na Husai baa Absalom nkyɛn no, Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ahitofel aka ni. So yenni n’asɛm no so anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi. Na Husai buaa Absalom sɛ: Ɛfo a Ahitofel tui seisei yi de, enye. Na Husai se: Wo ara wunim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfo, na wɔn ani abere sɛ osisi a wɔafa ne mma wuram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔrenna nkurɔfo no nkyɛn. Hwɛ, sesɛɛ wakohintaw amoa bi mu anaa baabi. Na sɛ mfiase no wɔn mu bi totɔ a, obiara a ɔbɛte no bɛka sɛ: Ɔman a wodi Absalom akyi no adi nkogu. Na nea ɔyɛ ɔbarima na ne koma te sɛ gyata koma no mpo, ɛno nti obegurow. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akokodurufo. Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano wɔ wo nkyɛn fi Dan kosi Beer-seba, sɛ mpoano awea dodow, na w’ankasa kɔ ɔsa no. Na yɛkɔto no baabiara a wobehu no a, yɛatow ahyɛ no so sɛnea obosu gu fam, na ɔno ne mmarima a wɔka ne ho no mu biako po anka. Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kurow bi mu a, Israel nyinaa de ntampehama bɛto kurow no ho, na yɛatwe akɔ asu mu akosi sɛ wɔrenhu ɔbo ketewa biako po wɔ hɔ. Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: Arkini Husai afotu no ye sen Ahitofel de no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so. Ɛnna Husai ka kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanyimfo ni, na ɛfo a me nso matu ni. Na afei monsoma ntɛm na wɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: Ntena sare so tataw mu anadwo yi, na otwa mmom na twa kɔ, na wɔammemmene ɔhene ne nkurɔfo a wɔka ne ho no nyinaa. Nso Yonatan ne Ahimaas tete En-rogel; na abaawa bi kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Dawid, efisɛ wontumi nkɔ kurow no mu mma wonhu wɔn. Nso aberante bi kohuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no kɔɔ ntɛm koduu Bahurim barima bi fi, na ɔwɔ abura wɔ n’adiwo hɔ, na wosian kɔɔ mu. Na ɔbea no faa nkataso bi de kataa abura no ano, na ɔde atoko a wɔasiw trɛtrɛw so na obi anhu biribi. Na Absalom nkoa no duu ɔbea no nkyɛn ofie hɔ no, wɔkae sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbea no se: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no wɔsan baa Yerusalem. Na wɔn kɔ akyi no wofii abura no mu fii adi na wɔkɔe kɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid, na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Monsɔre nkotwa asu no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu mo ho ni. Ɛnna Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kotwaa Yordan; ade kyee anɔpa no, na wɔn mu biako po nkae a onnya ntwaa Yordan. Na Ahitofel hui sɛ wɔanni n’afotu so no, ɔhyehyɛɛ n’afurum, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom. Na ɔtotoo n’afisɛm, na ɔkɔsɛn ne mene wui, na wosiee no n’agya da mu. Na Dawid duu Mahanaim; na Absalom kotwaa Yordan, ɔno ne Israel mmarima nyinaa. Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu sii dɔm no so. Nso Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babea Abigail, Yoab ne na Seruia ne nua ho no ba. Na Israel ne Absalom kɔbɔɔ nsra Gilead asase so. Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ofi Amonfo Raba ne Amiel ba Makir a ofi Lo-debar ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim no de mpa, ne nsanka ne nkuku, ne awi ne atoko, ne asikresam ne nkyeweɛ ne asɛ ne asɛdua ne ɛwo, ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen sebɔw brɛɛ Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho no sɛ wonni na wose: Ɔkɔm de nkurɔfo no, wɔabrɛ, na osukɔm de wɔn sare so. Na Dawid kan dɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so. Na Dawid gyaa dɔm no kwan de abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab ne nua nsa, na ɔde abupɛn biako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: Ofi na me nso me ne mo refi akɔ. Na dɔm no kae sɛ: Mfi nkɔ, na sɛ yeguan a, ɛrenyɛ wɔn asɛm; na yɛn mu fa nso wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, nso wote sɛ yɛn mu ɔpedu; enti eye mmom sɛ wufi kurow no mu di boa yɛn. Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea eye mo ani so no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn, na dɔm no nyinaa fii adi, ɔha ha ne mpem mpem so. Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberante Absalom no nni no brɛoo mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene no nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa tee. Na dɔm no fii adi kɔɔ wuram kohyiaa Israel; na wɔkoo dɔm no Efraim kwae mu. Na wɔkaa Israel dɔm no gui, Dawid nkoa no anim, na okunkɛse baa hɔ da no, nnipa ɔpeduonu. Na ɛhɔ ko no trɛw asase no nyinaa ani na dɔm no mu wɔn a wowui kwae no mu dɔɔso sen wɔn a wowui nkrante ano da no. Na Absalom hyiaa Dawid nkoa no; nso Absalom te afurumpɔnkɔ so, na afurumpɔnkɔ no de no faa odupɔn kɛse bi baa kusuu ase, na ne ti kɔsoaa odupɔn no ma ɔsensɛn ɔsoro ne fam ntam, na afurumpɔnkɔ a ɔwɔ n’ase no sen kɔe. Na ɔbarima bi kohui na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makohu Absalom sɛ ɔsɛn odupɔn bi so. Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Hwɛ, wuhui no, ɛdɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔso. Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam po a, merenteɛ me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn asom na ɔhene hyɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ: Me nti, mommɔ aberante Absalom ho ban. Anka me ara na mayɛ me ho bɔne, efisɛ asɛm biara nhintaw ɔhene na anka wo nso wobɛpa m’akyi. Na Yoab kae sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim sa. Na ɔfaa mpɛmɛ abiɛsa kurae na ɔde kɔwowɔɔ Absalom komam bere a ɔda so yɛ anikan odupɔn no mu. Na mmerante du a wokura Yoab akode twaa Absalom ho hyiae na wɔbobɔɔ no kum no. Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto na dɔm no nyinaa san fii Israel akyi; na Yoab siankaa dɔm no. Na woyii Absalom de no too kwae mu hɔ amoa kɛse bi mu, na wɔboaboaa abokuw kɛse pa ano guu no so. Na Israel nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. Nso Absalom te ase no, osii nkae dum bi a ɛwɔ ɔhene bon mu fae, na ose: Minni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom sɛnkyerɛnne besi nnɛ. Ɛnna Sadok ba Ahimaas kae sɛ: Ma mintu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE abu atɛn ama no n’atamfo so. Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔfo nnɛ. Da bi na yɛ kaseɛbɔfo, na ɛnnɛ de, nkɔbɔ kaseɛ, na ɔhene ba atɔ. Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Kɔ na kɔka nea woahu kyerɛ ɔhene. Na Kusni no kotow Yoab, na otuu mmirika. Ɛnna Sadok ba Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab bio sɛ: Nea ɛbɛba mmra! Ma me nso mintu mmirika minni Kusni no akyi. Na Yoab se: Me ba, ɛdɛn nti na worebetu mmirika yi? Worennya kaseɛ a wobɛbɔ no mu hwee! Na ose: Nea ɛbɛba mmra! Metu mmirika makɔ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika kɔ ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kotwaa Kusni no ho. Na Dawid te kurow no apon abien no ntam. Na ɔwɛmfo no kɔɔ kurow pon no atifi, ɔfasu no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ne nko de mmirika reba. Na ɔwɛmfo no teɛɛm ka kyerɛɛ ɔhene. Na ɔhene kae sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔno nko a, na kaseɛ bi wɔ n’anom. Na ɔde ba ara, na ɔbɛnee. Na ɔwɛmfo no huu ɔbarima foforo sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfo no teɛɛ mu kyerɛɛ ɔpon ano hwɛfo no sɛ: Hwɛ, ɔbarima bi nko de mmirika reba. Na ɔhene se: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔfo. Na ɔwɛmfo no kae sɛ: Me de, mihu odikanfo no mmirikatu sɛ ɛte sɛ Sadok ba Ahimaas mmirikatu. Na ɔhene se: Onipa pa ni, na ɔde kaseɛ pa reba. Na Ahimaas teɛɛm ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoe! Na ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so hyɛɛ me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa. Na ɔhene kae sɛ: Aberante Absalom ho ye anaa? Na Ahimaas se: Yoab resoma ɔhene akoa bi ne w’akoa no, mihuu kitikiti kɛse bi na minnim dekode. Na ɔhene se: Sen gyina ha! Na ɔsen kogyinaa hɔ. Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kae sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ wo no nyinaa so. Na ɔhene ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Aberante Absalom ho ye anaa? Na Kusni no buae sɛ: Ma me wura ɔhene atamfo ne wɔn a wɔsɔre hyɛ wo, pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberante no! Na ɔhene ho popoe na ɔforo kɔɔ kurow pon no so pia mu, na osui. Na ɔrekɔ no, ɔkae sɛ: O Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka misii w’ananmu wui! Absalom, meba, me ba! Na wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo. Na nkonimdi no dan ɔman no nyinaa nkɔmmɔdi da no, na ɔman no tee da no sɛ ɔhene yam rehyehye no ama ne ba. Na ɔman no wiawiaa wɔn ho baa kurow no mu da no, sɛnea dɔm a woguan akono na wɔabɔ wɔn ho ahohora wiawia wɔn ho no. Na ɔhene kataa n’anim na ɔhene de nne kɛse teɛɛm sɛ: O me ba Absalom, O Absalom, me ba, me ba! Na Yoab baa ɔhene nkyɛn ofie, na ɔkae sɛ: Woahyɛ wo nkoa nyinaa a ɛnnɛ wɔagye wo kra ne wo mmammarima ne wo mmabea kra ne wo yerenom kra ne wo yefamnom kra no aniwu nnɛ, efisɛ wodɔ w’atamfo na wotan w’adɔfo. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na nnɛ mahu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwui nnɛ a, anka wopɛ. Na afei sɔre fi adi na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na meka AWURADE sɛ, sɛ woamfi adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asen bɔne a aba wo so fi wo mmerantebere de abedu sesɛɛ no. Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kurow pon no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kurow pon no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Afei na Israelfo no nyinaa aguanguan, obiara kɔ n’ankasa fi. Na ɔman no nyinaa kasakasae Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Ɔhene na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam, na ɔno na oyii yɛn Filistifo nsam, na afei Absalom nti waguan afi asase yi so. Na Absalom a yɛsraa no dii yɛn so no, nso atɔ dɔm ano; na afei, ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asan aba yi? Na ɔhene Dawid tee nea Israel nyinaa aka no, ɔsoma kɔɔ asɔfo Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo sɛ: Ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi mmere a ɔman no nsɛm nyinaa adu m’asom yi? Me nuanom ne mo, me nnompe ne me honam ne mo, na ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ? Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ! Na ɔkom Yuda mmarima nyinaa koma sɛ onipa biako de, na wɔsoma baa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra. Na ɔhene san baa Yordan ano. Na Yuda baa Gilgal sɛ wɔreba abehyia ɔhene na wɔde no atwa Yordan. Na Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no sian bae behyiaa ɔhene Dawid, na Benyamin mmarima apem ka ne ho, ne Saul fi abofra Siba ne ne mma dunum ne ne nkoa aduonu no yɛɛ ntɛm duu Yordan ano kohyiaa ɔhene. Na ɔkorow no twa kɔe sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fifo, na wɔayɛ nea eye n’ani so. Na ɔhene twaa Yordan bae no, Gera ba Simei hwee fam n’anim. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumɔyɛ nnto me so, na nkae nea w’akoa fom so yɛɛ no da a me wura ɔhene fii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ ne komam. Na w’akoa nim sɛ mayɛ bɔne, na hwɛ, me na madi Yosef fi nyinaa kan maba nnɛ sɛ meresian mabehyia me wura ɔhene. Na Seruia ba Abisai buae sɛ: So eyi nti wɔrenkum Simei, sɛ wadome nea AWURADE asra no no? Na Dawid se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ me nnipa a wɔne me di asi nnɛ yi? So nnɛ wonkum obi Israel anaa? So minnim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa? Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenkum wo. Na ɔhene kaa no ntam. Na Saul ba Mefiboset san ba behyiaa ɔhene; na onsiesie ne nan ase ɛ, na onsiesiee ne bogyesɛ ɛ, na ne ntade nso ɔnhoroe ɛ, fi da a ɔhene kɔe no besii da a ɔbae asomdwoe mu no. Na ɔbaa Yerusalem behyiaa ɔhene no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiboset, ɛdɛn nti na wo ne me ankɔ? Na ose: Me wura ɔhene, m’akoa na ɔdaadaa me; na w’akoa kae sɛ: Mɛhyehyɛ afurum matena no so makɔ ɔhene nkyɛn, efisɛ w’akoa yɛ apakye. Na obetwirii w’akoa maa me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo, enti yɛ nea eye w’ani so. Na m’agya fi nyinaa nyɛ hwee sɛ owu mma ma me wura ɔhene, nanso wode w’akoa sii wɔn a wodidi wo pon so mu. Na asɛntrenee bɛn na mewɔ bio, nso dɛn na mede mɛteɛm mafrɛ ɔhene bio. Na ɔhene kae sɛ: Ɛdɛn nti na woda so ka w’asɛm yi bio? Mise wo ne Siba nkɔkyɛ asase no mu. Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoe anya aba ne fi yi, ma ɔmfa ne nyinaa po. Na Gileadni Barsilai sian fii Rogelim bae na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekogya no Yordan agya. Nso Barsilai abɔ akora sɛ wadi mfirihyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefo kɛse sɛ. Na ɔhene ka kyerɛɛ Barsilai sɛ: Wo de, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo, me nkyɛn wɔ Yerusalem. Na Barsilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me nkwa nna si ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi? Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, so mehu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa? Na ɛdɛn nti na w’akoa nkɔ so nyɛ me wura ɔhene adesoa? Ma w’akoa nkogya ɔhene kwan Yordan agya nko ara. Na ɛdɛn nti na ɔhene de akatua yi betua me? Ma w’akoa nsan nkowu ne kurom, m’agya ne me na damoa ho. Na hwɛ, ma w’akoa Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no nea eye w’ani so. Na ɔhene kae sɛ: Kimham ne me ntwa nkɔ, na mɛyɛ no nea eye w’ani so; na biribiara a wobɛhwehwɛ me hɔ no, mɛyɛ mama wo. Na ɔman no nyinaa twaa Yordan na ɔhene nso twae; na ɔhene few Barsilai ano na ɔsan kɔɔ fie. Na ɔhene sen kɔɔ Gilgal, na Kimham ne no kɔe. Na Yuda man nyinaa de ɔhene sen kɔe, ne Israel man fa nso ka ne ho. Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho akotwa Yordan aba? Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Efisɛ ɔhene yɛ yɛn busuani. Na ɛdɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru yi? So yɛadi ɔhene ho biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi? Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no. Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yenni kyɛfa bi Dawid mu, na yenni agyapade Yese ba no nkyɛn, O! Israel, obiara nkɔ ne fi. Ɛnna Israel mmarima nyinaa fii Dawid akyi kɔe kodii Bikri ba Seba akyi. Na Yuda mmarima de wɔbataa wɔn hene ho fi Yordan ho ara de baa Yerusalem. Na Dawid baa ne fi Yerusalem. Na Dawid faa mmea du, mpenafo a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no, de wɔn koguu ɔhwɛ fi, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhama, na wɔn ho de wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kosii wɔn wuda ma wodii wɔn nkwa bere te sɛ akunafo. Na ɔhene ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Kohyiahyia Yuda mmarima brɛ me ha nnansa yi mu ara na wo nso bra bi. Na Amasa kɔe sɛ okohyiahyia Yuda; na ɔkyɛe sen bere a wɔhyɛɛ no no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei de, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asen Absalom de no. Wo de, fa wo wura nkoa na tiw no, na wannya banbɔ mu nkurow bi amfa, na wanhaw yɛn anyi ne ho amfi yɛn anim. Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifo ne Peletifo ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyi; na wofii Yerusalem sɛ wɔretiw Bikri ba Seba. Na woduu Gibeon bo kɛse no ho no, Amasa befii wɔn anim. Na Yoab de wabɔ n’akotade a ɔhyɛ no so, ɛso na ne nkrante abɔso wɔ, ɛsɛn n’asen so, boha mu; na ɔrefi adi no, ɛworɔw tɔɔ fam. Na Yoab ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Me nua wo ho ye? Na Yoab nsa nifa kosoo Amasa bogyesɛ mu sɛ ɔrefew n’ano. Na Amasa anhwɛ nkrante a ekura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfea no so, na owui. Na Yoab ne ne nua Abisai tiw Bikri ba Seba. Na Yoab mmerante no mu bi gyinaa ne nkyɛn na ɔkae sɛ: Nea ɔpɛ Yoab asɛm ne nea ɔyɛ Dawid de no, ma onni Yoab akyi! Na Amasa yantayantam mogya mu ɔtempɔn no so. Na ɔbarima no hui sɛ dɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa fii ɔtempɔn no so kɔtoo wuram. Na sɛ ohui sɛ obiara a obedu no so no gyina nti, ɔde ntama kataa no so. Na woyii no fii ɔtempɔn no so no wɔn nyinaa sen kodii Yoab akyi tiw Bikri ba Seba. Na otwaa Israel mmusuakuw nyinaa mu koduu Abel ne Bet-maaka ne Bikrifo nyinaa so, na wohyia boaa ano ba bedii n’akyi nso. Na wɔkɔe kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kurow no ho mpempe wɔ afasu no akyi. Na dɔm na wɔka Yoab ho nyinaa pempemee sɛ wɔredwiriw afasu no agu. Ɛnna ɔbea nyansafo bi fi kurow no mu teɛɛm sɛ: Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ontwiw mmɛn ha na me ne no nkasa. Na otwiw bɛn no no, ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: So wone Yoab anaa? Na ose: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tie w’afenaa nsɛm. Na ose: Meretie. Na ɔkae sɛ: Kan no wɔka sɛ: Wɔnkɔ abisa wɔ Abel, na wɔawie no sa. Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne nokware no mu biako. Wo de, worehwehwɛ asɛe Israel mu kurow ne ɔman no; na ɛdɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapade? Na Yoab buae sɛ: Ɛmpare me, ɛmpare me sɛ mɛmene anaasɛ mɛsɛe. Asɛm no nte sa, na ɔbarima bi a ofi Efraim bepɔw so a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so ahyɛ ɔhene Dawid. Munyi no nko mma, na mefi kurow no ho makɔ. Na ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ wɔbɛtow ne ti akyene afasu akyi ama wo. Ɛnna ɔbea no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wotwaa Bikri ba Seba ti tow kyenee Yoab. Na ɔhyɛn torobɛnto, na wofii kurow no ho bɔ petee kokɔɔ wɔn afi mu. Na Yoab san baa Yerusalem ɔhene nkyɛn. Nso Yoab na odi Israel dɔm nyinaa so, na Yoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo so. Na Adoram na ɔhwɛ ɔhyɛ adwuma tow so, na Ahilud ba Yosafat ne ɔsenkaefo. Na Seia ne ɔkyerɛwfo, na Sadok ne Abiatar ne asɔfo. Na Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo. Na ɔkɔm bi baa Dawid bere so mfe abiɛsa, afe toa afe so. Na Dawid kobisaa AWURADE. Na AWURADE buae sɛ: Saul ne ne mogya fi ne okum a okum Gibeonfo ntia. Na ɔhene frɛɛ Gibeonfo no ka kyerɛɛ wɔn, nso Gibeonfo no mfi Israelfo mu na wɔyɛ Amorifo nkae no bi, nso Israelfo aka wɔn ntam, nanso Saul hwehwɛe sɛ okum wɔn, ne mmɔden a ɔbɔ maa Israel ne Yudafo no mu, na Dawid ka kyerɛɛ Gibeonfo no sɛ: Dɛn na menyɛ memma mo? Na ɛdɛn na memfa mempata na moahyira AWURADE agyapade? Na Gibeonfo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ ne sika asɛm na yɛne Saul ne ne fi wɔ, na ɛnyɛ Israel mu bi na yɛrepɛ no akum no. Na ose: Dɛn na muse menyɛ memma mo? Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛw yɛn a otuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no, ma wɔmfa ne mma mu mmarima baasɔn mma yɛn na yɛnsensɛn wɔn mma AWURADE wɔ Saul a AWURADE faa no no kurow Gibea mu. Na ɔhene se: Mɛma. Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntam, na ɛda Dawid ne Saul ba Yonatan ntam no nti, ɔhene kyɛe Saul ba Yonatan ba Mefiboset so. Na ɔhene faa Aia babea Rispa mmammarima baanu a ɔwo maa Saul, Armoni ne Mefiboset, ne Saul babea Mikal mmammarima baanum a ɔwo maa Meholani Barsilai ba Adriel no, na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔsensɛn wɔn bepɔw no so AWURADE anim, na wɔn baasɔn no totɔe prɛko. Na wokunkum wɔn twabere nna a edi kan mu, atokotwa mfiase mu. Na Aia babea Rispa faa atweaatam de trɛw ɔbotan no so fae fii twabere mfiase no kosii sɛ osu fi soro guguu wɔn so, na wamma wim nnomaa ammesisi wɔn so awia, na wuram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo. Na wɔbɛkaa nea Aia ba Rispa, Saul yefam no, yɛe no kyerɛɛ Dawid. Na Dawid kɔe kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe Yabes-gileadfo nsam, na wɔn na wokowiae Bet-san abɔnten so, nea Filistifo de sensɛnee da a Filistifo kum Saul wɔ Gilboa no. Na ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii hɔ bae na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛn wɔn no nnompe ho. Na wosiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ nea ɔhene hyɛɛ wɔn nyinaa. Na ɛno akyi no, Onyankopɔn dom asase no. Nso Filistifo ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkoa sian kɔe ne Filistifo no kɔkoe; na Dawid brɛe. Na Yisbi-benob a ɔyɛ abran mma no mu bi a ne peaw duru kari kɔbere nnwetɛbona ahasa na ɔde nkrante foforo abɔ no kae sɛ ɔrebekum Dawid. Na Seruia ba Abisai boaa no, na ɔbɔɔ Filistini no kum no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn mmfi nnkɔ ɔsa bio na wɔannum Israel kanea. Eyi akyi no wɔne Filistifo nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kum Saf a ɔyɛ abran mma no mu bi no. Na wɔne Filistifo nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat a ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua. Na ɔko bae bio wɔ Gat. Na ɔbarima tenten bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsatea ne nansoa asia asia ma ano si aduonu anan, na ɔno nso yɛ abran no bi ba. Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid ne nua Simea ba Yonatan kum no. Baanan yi yɛ Gat abran no bi mma, na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsam. Na da a AWURADE yii Dawid n’atamfo nyinaa nsam ne Saul nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE, na ose: AWURADE, me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu. AWURADE a woyi no ayɛ no na misu mefrɛ no, na wogye me m’atamfo nsam. Na owu asorɔkye twaa me ho hyiae, na ɔsɛe asuasu woro yii me hu. Asaman nhama twaa me ho kɔntɔnkrɔn, owu afiri behyiaa me. M’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefi, na me nteɛm duu n’asom. Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, ɔsoro nnyinaso nso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru. Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya fii n’anom hyew ade, na nnyansramma sɔe wɔ no mu. Okuntun ɔsoro na odurui, na esum kabii wɔ ne nan ase. Na ɔtenaa Kerub so tui, na wohuu no mframa ntaban so. Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese, nsu mmoaano, amununkum kusuu. Ne ho haran mu na nnyansramma dɛwee. AWURADE boom fii soro, na ɔsorosoroni no ma wɔtee ne nne. Na ɔtotow agyan de bɔɔ wɔn petee, asraman na ɔde tan wɔn ani. Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinaso ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE ateɛteɛ so, efi ne hwene mu home hahyeehayee hahyeehayee mu. Ɔteɛɛ ne nsa fii soro bɛfaa me, ɔtwee me fii nsu pii mu. Ogyee me fii me tamfo nuɔdenfo ne wɔn a wokyi me nsam, efisɛ wɔsen me ahoɔden. Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me akyigyina, na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ ɔpɛ m’asɛm. AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho a afi te no na ɔdan maa me. Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mimfii me Nyankopɔn ho ɛ. Na n’atemmude nyinaa wɔ m’ani so, na n’ahyɛde nso, mimfii ho ɛ. Na mayɛ me ho pɛ mama no, na mahwɛ me ho so mafi m’amumɔyɛ ho. Na AWURADE dan maa me sɛ me trenee, sɛ m’ahotew a ɛda n’anim no te. Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so, ɔbarima a odi mu na wo ne no bedi no mudi so. Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de wubekyinkyim wo ho akyerɛ no. Na ɔman a wohu amane no wugye wɔn, na w’ani sa ahantanfo na woabrɛ wɔn ase. Na wo, AWURADE, wone me kanea, na AWURADE haran me sum mu. Na wo na mede wo metow mehyɛ asafo so, mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu. Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa. Na hena ne Nyame sɛ AWURADE nko? Na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn? Onyankopɔn ne m’aban a ɛyɛ den, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɔyɛɛ m’anan sɛ aforotebere de, na ɔma migyina me sorɔnsorɔmmea so. Ɔkyerɛ me nsa akodi, na m’abasa akuntun kɔbere ta. Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na w’asɛm tie ma meyɛɛ kɛse. Wotrɛw m’anammɔn tutu mu wɔ m’ase na m’anan anwatiri. Mitiw m’atamfo na mesɛee wɔn, na mansan de kosii sɛ mehyew wɔn, na memenee wɔn na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre, na wɔtotɔe me nan ase. Na wode ahoɔden bɔɔ me ho so maa akodi; wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase. Na womaa m’atamfo dan wɔn akyi kyerɛɛ me, wɔn a wokyi me no, na mesɛee wɔn. Wɔhwɛe, na ogyefo bi nni hɔ, wɔhwɛɛ AWURADE, na wammua wɔn. Na mepɛtɛw wɔn pasaa sɛ fam mfutuma, mitiatiaa wɔn so mewɔw wɔn sɛ mmorɔn so dɔte. Wuyii me fii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ meyɛ amanaman ti. Ɔman a minnim wɔn na ɛsom me. Ananafo brɛɛ wɔn ho ase maa me, aso tee ara pɛ na wotiee me. Ananafo gurowee, na wɔde ahopopo fi wɔn aban mu bae. AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagye botan Nyankopɔn no, wɔmma no so. Onyankopɔn na odii were maa me na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase, na oyii me fii m’atamfo nsam, na womaa me so fii wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu; wugyee me fii onuɔdenfo nsam. Enti AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyi nnwom, sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so, na ɔyɛ nea wasra no no adɔe, Dawid ne n’asefo daa. Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri. Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no so, nea Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni: AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so. Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu. Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ, sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam. So ɛnyɛ sɛ me fi te ne no Onyankopɔn anim? Na ɔne me ayɛ daa apam a wɔasiesie no ade nyinaa mu na etim hɔ. Na nea mepɛ ne nea mehwehwɛ nyinaa, so ɔremma ɛmfefɛw? Na ahuhufo de, wɔn nyinaa te sɛ nsɔe a wɔatow agu, na wɔmfa nsa nso mu. Na onipa a ɔka wɔn no de dade ne peaw dua mia, na wɔde gya bɛhyew wɔn dwerɛbee. Eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din. Tahkemonni Yoseb-basebet a odi akunini no mu titiriw. Ɔno na ɔmaa ne peaw so kunkum nnipa ahanwɔtwe prɛko. Na nea odi n’akyi ne Ahohi ba Dodo ba Eleasar a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho bere a wɔresopa Filistifo a wɔaboaboa wɔn ho ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔe no mu. Ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifo no kosii sɛ ne nsam gowee na ne nsa fam ne nkrante ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse da no, na dɔm no dan kodii n’akyi sɛ wɔbɛfow ade nko. Na nea odi n’akyi ne Hararini Age ba Sama. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bɔɔ asafo na asasewa bi wɔ hɔ a asɛdua wɔ so na ɔman no guanee Filistifo no anim. Na ɔno de, ogyinaa asase no mfinimfini na ɔperee, na okum Filistifo no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse. Na atitiriw aduasa no mu baasa sian baa Dawid nkyɛn twabere wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifo asafo bi abɔ nsra Refaim bon mu. Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu. Na ɛdɔɔ Dawid kɔn na ɔkaa sɛ: Hena na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu manom? Na nnɔmmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE, na ose: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔe no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe. Na Yoab ne nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titiriw. Ɔno na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ogyee din baasa no mu. Na onyaa anuonyam kɛse wɔ nnipa aduasa no mu, na odii wɔn so safohene, nanso wanto baasa a edi kan no. Na Yehoiada ba Benaia yɛ ɔkofoni barima a ofi Kabseel, a ɔyɛɛ mmaninne. Okum Ariel mma baanu wɔ Moab; na ɔno nso sian kokum gyata, abura mu, sukyerɛma da bi; na okum Misraimni barima hoɔfɛfo bi, na Misraimni no kura peaw ne nsam, na Benaia de poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni ankasa peaw fii ne nsam de kum no. Eyi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ogyee din nnɔmmarima baasa no mu. Akunini aduasa no mu ɔwɔ anuonyam, na kan baasa no de, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafo so. Yoab ne nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ofi Betlehem, Harodini Sama, Harodini Elika, Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani, Anatotni Abieser, Husatni Mebunai, Ahohini Salmon, Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ofi Benyaminfo Gibea, Piratonni Benaia, Hidai a ofi Gaas, Aribani Abi-albon, Barhumini Asmawet, Saalbonni Eliahba, Yasenfo no mu. Yonatan, Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam, Maaka ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam, Karmelni Hesrai, Arbini Paarai, Natan ba Yigal a ofi Soba, Gadni Bani, Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodekurafo, Yitrini Ira, Yitrini Gareb, Hetini Uria. Wɔn nyinaa si aduasa asɔn. Na AWURADE bo huru hyɛɛ Israel bio, na opiapiaa Dawid ma ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kokyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-seba, na monkan ɔman no, na minhu ɔman no dodow. Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi? Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne dɔm no mu asafohene no fii ɔhene anim fii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no. Na wokotwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kurow bi a ɛda Gad subon no mu a ɛkyerɛ Gad na ɛkɔ Yaser no, na wɔkɔɔ Gilead ne Kades a ɛwɔ Hitifo asase so ne Tatim-hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan fi hɔ kɔɔ Dan-yaan ne Sidon. Na woduu Tiro kurow a ɛyɛ den no ne Hewifo ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu. Na wofi hɔ baa Yuda nifa fam wɔ Beer-seba. Na wokyin asase no nyinaa so, na asram akron ne adaduonu akyi no, wɔbaa Yerusalem, na Yoab de ɔman no anobu no dodow no brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrante ano si ɔpeha ahorow awotwe, na Yuda mmarima si ɔpeha ahorow anum. Na Dawid kan ɔman no saa no, ne koma bɔɔ no pan, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ! Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa odiyifo Gad, Dawid dehufo no nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede mereto w’anim, fa emu biako na memfa menyɛ wo. Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɔkɔm mmra w’asase so mfe asɔn, anaasɛ wubeguan w’atamfo a wɔtaa wo anim asram abiɛsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hu asɛm ko a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhwe. Ɛnna AWURADE maa owuyare baa Israel so fi anɔpa kosii bere a ɔhyɛe no, na ɔman a efi Dan kosi Beer-seba no mu nnipa ɔpeduɔsɔn wuwui. Na ɔbɔfo no teɛɛ ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea ho. Na Dawid huu ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fi so. Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kosi afɔremuka ma AWURADE, Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛnea AWURADE hyɛe no. Na Arauna hwɛe no, ohuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn. Na Arauna fii adi kɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam. Ɛnna Arauna kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura ɔhene ba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid se: Merebɛtɔ wo hɔ awiporowbea no, na masi afɔremuka mama AWURADE, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so. Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa na ɔmmɔ afɔre sɛnea eye n’ani so. Hwɛ, ɔhyew afɔrebɔ nantwi ne porow nteaseɛnam ne anantwi no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina ni. Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo. Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Daabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛ ne bo te, na meremfa ade biara a ɛnsom me bo memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyew afɔre. Na Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no maa dwetɛ nnwetɛbona aduonum. Na Dawid sii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wosiw ɔhaw no kwan fii Israel so. Na ɔhene Dawid abɔ akora na wadi nna pii. Na sɛ wɔde ntama kata no ho mpo a, ne ho nyɛ no hyew. Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnhwehwɛ ababaa a ɔyɛ ɔbaabun bi mmrɛ me wura ɔhene, na ommegyina ɔhene anim nyɛ wo hwɛfo, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene nnya ahoɔhyew. Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfo bi Israel ahye nyinaa mu, na wokohuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene. Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfo na ɔsom no. Nanso ɔhene ne no anna. Absalom wu akyi no, Hagit ba Adonigya maa ne ho so kae sɛ: Me na medi hene. Na osiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ yaw bi ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woyɛ sɛɛ yi? Na ɔno nso yɛ ɔhoɔfɛfo, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyi. Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfo Abiatar na edi atirimsɛm, na wodii Adonigya akyi boaa no. Na Ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne odiyifo Natan ne Simei ne Rei ne Dawid nnɔmmarima no de, wonni Adonigya fam. Na Adonigya kunkum nguan ne anantwi ne anantwi a wɔadɔ srade, Sohelet bo a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ohyiahyiaa ne nuanom ahenemma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa. Na odiyifo Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Solomon de, wanhyia wɔn. Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Solomon ne na Batseba sɛ: So wontee sɛ Hagit ba Adonigya di hene, na yɛn wura Dawid nnim? Afei bra ma yentu agyina, na gye wo kra ne wo ba Solomon kra nkwa. Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ wo, me wura ɔhene, na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so? Na adɛn nti na Adonigya di hene yi? Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso medi w’akyi maba, na mabɛfoa wo nsɛmmoa. Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene. Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase kotow ɔhene. Na ɔhene bisaa no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo? Na obuaa no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ w’abaawa sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so. Na afei, hwɛ, Adonigya na odi hene yi; nanso me wura ɔhene, wunnim. Na wakunkum anantwi ne nyɛmmoa ne nguan bebree, na wahyiahyia ahenemma nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne ɔsahene Yoab, na w’akoa Solomon de, wanhyia no. Na wo, me wura ɔhene, Israel nyinaa ani da wo so sɛ, kyerɛ wɔn nea ɔbɛtena me wura ɔhene agua no so ne wu akyi. Anyɛ saa a, me wura ɔhene bɛkɔ n’agyanom nkyɛn asaman no, wobebu me ne me ba Solomon nnebɔneyɛfo. Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, odiyifo Natan nso baa hɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, odiyifo Natan ni. Na oduu ɔhene anim no, ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam. Na Natan kae sɛ: Me wura ɔhene, wo na wuse: Adonigya nni w’ade na ɔno na ɔntena w’agua so, anaa? Na ɛnnɛ wasian kɔ, na wakokum anantwinini, ne anantwi a wɔadɔ srade, ne nguan bebree, na wahyia ahenemma nyinaa ne asafohene ne ɔsɔfo Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adonigya tiri nkwa! Na me, w’akoa ne ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Solomon de, wanhyia yɛn. So me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fi, na woamma w’akoa anhu nea ɔbɛtena me wura ɔhene wu akyi agua no so? Ɛnna ɔhene Dawid buae sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa hɔ. Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ogyee me kra fii ahohia nyinaa mu te ase yi, sɛnea mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi. Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam kotow ɔhene kae sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa! Na Ɔhene Dawid kae sɛ: Momfrɛ ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim. Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Solomon ntena m’afurumpɔnkɔ so, na momfa no nsian nkɔ Gihon. Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛn torobɛnto sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa! Na momforo nni n’akyi, na ɔmmra mmɛtena m’agua so, na ɔno na onni m’ade, na ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so panyin. Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE, me wura ɔhene Nyankopɔn, nka. Sɛnea AWURADE ne me wura ɔhene tenae no, saa ara nso na ɔne Solomon ntena, na ɔmma n’agua nso nsen me wura ɔhene Dawid agua no. Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia ne Keretifo ne Peletifo sian kɔe, na wɔde Solomon tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon. Na ɔsɔfo Sadok faa ngo abɛn fii ntamadan no mu de bɛsraa Solomon. Na wɔhyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa kae sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa! Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyi bae, na ɔman no hyenhyɛn mmɔtɔwa, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae. Na Adonigya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee; na wɔawie adidi; na Yoab tee torobɛnto no nka no, ɔkae sɛ: Kurow no mu hooyɛ a yɛte yi ase ne dɛn? Na ɔda so rekasa no, hwɛ, ɔsɔfo Abiatar ba Yonatan bae; na Adonigya kae sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wutumi, na wukura kaseɛ pa. Na Yonatan bua ka kyerɛɛ Adonigya sɛ: Ampa, yɛn wura ɔhene Dawid de Solomon asi hene. Na ɔhene asoma ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia ne Keretifo ne Peletifo aka ne ho, na ɔde no atena ɔhene afurumpɔnkɔ so, na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigye de no aforo afi hɔ aba, na kurow no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a motee no. Nso Solomon te ahenni agua no so. Nanso ɔhene nkoa aba abehyira yɛn wura ɔhene Dawid sɛ: Onyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsen wo din, na ɔmma n’agua nso nsen w’agua. Na ɔhene abɔ ne mu ase ne nnae so; nanso sɛ ɔhene kae ni: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama obi atena m’agua so nnɛ yi, na m’aniwa ahu. Ɛnna nnipa a Adonigya ahyia wɔn no nyinaa bobɔɔ piriw, na wɔsɔresɔree, na obiara sii ne kwan so kɔe. Na Adonigya suroo Solomon anim, na ɔsɔre kɔe kosusoo afɔremuka abɛn mu. Na wɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: Hwɛ, Adonigya suro ɔhene Solomon, na hwɛ, wakosuso afɔremuka abɛn mu sɛ: Ɔhene Solomon nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrante nkum n’akoa. Na Solomon kae sɛ: Sɛ ɔdan onipa a ɔsɛ a, ne nwi biako rentɔ fam; na sɛ wohu bɔne wɔ no mu a, obewu. Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa no fii afɔremuka no ho sian bae. Na ɔbae bɛkotow ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fi. Afei Dawid nna bɛnee sɛ obewu, na ɔhyɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, merekɔ asase sofo nyinaa kwan: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima. Na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛde, sɛ wobɛnantew n’akwan so, sɛ wubedi n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’adansesɛm so, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu, na woadi yiye nea woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkɔ. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae me ho no atim sɛ: Wo mma hwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew m’anim nokware mu, wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnne ose Israel agua so barima remmɔ wo. Nanso wo ara wunim nea Senuia ba Yoab yɛɛ me, nea ɔyɛɛ Israel asahene baanu, Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, a odii wɔn awu na ɔkaa ɔsa mu mogya gui asomdwoe bere mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔso a ɛbɔ n’asen ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no. Enti di no nyansa so, na mma ne dwen mmfa asomdwoe mu nnsian nnkɔ asaman. Na Gileadni Barsilai mma de, yɛ wɔn adɔe na ma wɔntena wɔn a wodidi wo pon so mu; na saa na wotwiw baa me nkyɛn bere a miguanee wo nua Absalom anim no. Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim na ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome dennen da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso osian behyiaa me Yordan ho, na mekaa no AWURADE sɛ meremfa nkrante minkum no. Na afei de, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafo, na wubehu ade a wobɛyɛ no, na woama ne dwen nam mogya mu asian akɔ asaman. Ɛnna Dawid tiw n’agyanom wɔ asaman, na wosiee no Dawid kurow mu. Na nna a Dawid de dii Israel so hene si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na odii hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem. Na Solomon tenaa n’agya Dawid agua so, na n’ahenni timii pintinn pa. Na Hagit ba Adonigya baa Solomon ne na Batseba nkyɛn. Na obisaa no sɛ: So asomdwoe so na woba yi? Na ose: Asomdwoe so. Na ɔkae sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ose: Ka ɛ! Na ɔkae sɛ: Wo ara wunim sɛ anka ahenni no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toe sɛ medi hene, nanso ahenni no danee, na akɔyɛ me nua de; na efi AWURADE na ɛkɔyɛɛ ne de. Na afei ade biako pɛ na merebisa wɔ wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! Na ose: Mesrɛ wo, ka kyerɛ ɔhene Solomon, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware. Na Batseba kae sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo. Ɛnna Batseba baa ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔne no rebɛkasa ama Adonigya. Na ɔhene sɔre kohyiaa no na ɔkotow no, na ɔtenaa n’agua so; na wɔde agua sii hɔ maa ɔhene ne na, na ɔtenaa ne nifa so. Na ɔkae sɛ: Ade ketewa bi na merebebisa wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo. Na ose: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adonigya aware. Na ɔhene Solomon bua ka kyerɛɛ ne na sɛ: Na adɛn nti na wubisa Sunamni Abisag ama Adonigya? Bisa ahenni no nso ma no, na ɔno ne me nua a ɔsen me panyin, bisa ma no ne ɔsɔfo Abiatar ne Seruia ba Yoab. Ɛnna ɔhene Solomon kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so sa, sɛ Adonigya aka asɛm yi ahyɛ n’ankasa ne kra. Na afei, sɛ AWURADE a wama matim na ɔde me atena m’agya Dawid agua so na wakyekye ofi ama me sɛnea ɔkae no te ase yi, ɛnnɛ ara wobekum Adonigya. Na ɔhene Solomon somaa Yoiada ba Benaia ma ɔkɔbɔɔ no ma owui. Na ɔsɔfo Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, w’ankasa asase so, na wosɛ owu; nanso ɛnnɛ yi de, merenkum wo, efisɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka m’agya Dawid anim, na wuhuu amane a m’agya hui no nyinaa nso bi. Saa na Solomon tuu Abiatar sɛ onnni AWURADE sɔfo, sɛ ɔbɛma AWURADE asɛm a ɔkae Eli fi ho wɔ Silo no aba mu. Na asɛm no duu Yoab nkyɛn; nso na Yoab adan akodi Adonigya akyi, na Absalom akyi de, wannan ankodi; na Yoab guan kɔɔ AWURADE ntamadan ho kosusoo afɔremuka abɛn mu. Na wɔbɛka kyerɛɛ ɔhene Solomon sɛ: Yoab aguan akɔ AWURADE ntamadan ho, na hwɛ, ɔwɔ afɔremuka no ho. Na Solomon somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔ kɔbɔ no ade. Na Benaia kɔɔ AWURADE ntamadan no ho kɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene se: Fi adi! Na ose: Dabi, na ɛha na mewu. Na Benaia san bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛnea Yoab aka ni, sɛnea wabua me ni. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛnea ɔkae no, na kokum no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no fi me ne m’agya fi so. Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ okunkum mmarima baanu a wɔteɛ na woye sen no, na ɔde nkrante dii wɔn awu: Ner ba Abner, Israel sahene, ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no, a m’agya Dawid nnim ho bi; na wɔn mogya nsan mmebua Yoab atifi ne n’asefo atifi nkosi daa, na Dawid ne n’asefo ne ne fi ne n’agua nnya AWURADE nkyɛn asomdwoe daa. Na Yoiada ba Benaia foro kɔe kɔbɔɔ no kum no; na wosiee no ne fi wɔ sare so. Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii dɔm no so, na ɔsɔfo Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu. Na ɔhene soma kohyiaa Simei bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem, na tena hɔ, na mfi hɔ nkɔ baabiara. Na da a wubefi adi akotwa Kidron subon no, hu sɛ owu na wubewu, na wo mogya bebua w’atifi. Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Eye, sɛnea me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii. Na mfe abiɛsa akyi no, Simei nkoa baanu guan kɔɔ Gat hene Maaka ba Akis nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat. Na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afurumpɔnkɔ, na osiim kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔe kɔfaa ne nkoa no fii Gat bae. Na wɔbɛka kyerɛɛ Solomon sɛ: Simei afi Yerusalem akɔ Gat, na wasan aba. Na ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei sɛ: So manka wo AWURADE ntam manni wo adanse sɛ da a wubefi adi akɔ baabiara no, hu sɛ owu na wubewu? Na woka kyerɛɛ me sɛ: Nea woka no ye, mate. Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ wo no so? Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wunim, wo koma mu, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adan wo bɔne no agu w’atifi. Na nhyira bɛka ɔhene Solomon, na Dawid agua betim AWURADE anim akosi daa. Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ofii adi kɔbɔɔ no ma owui. Na ahenni no timii Solomon nsam. Na Solomon ne Misraim hene Farao yɛɛ osew, na ɔfaa Farao babea waree, de no baa Dawid kurow mu kosii sɛ owiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasu no to. Nanso ɔman no bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea ara, efisɛ ɛde besi saa bere no na wonsii ɔdan bi mmaa AWURADE din ɛ. Na Solomon nam n’agya Dawid ahyɛde no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔre na ɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔkɔbɔ afɔre, efisɛ ɛhɔ ne afɔrebɔbea kɛse a agye din. Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka no so. Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo. Na Solomon se: Wo na woyɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, adɔe kɛse, sɛnea ɔnantew w’anim nokware ne trenee mu ne wo ho komam teeyɛ mu, na wode adɔe kɛse yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’agua so sɛ ɛte nnɛ yi. Na afei, AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me de, meyɛ abofra ketewa, minnim adifi ne emuba. Na w’akoa wɔ wo man a woapaw wɔn no mu, ɔman kɛse a wɔn dodow nti wontumi nkan wɔn mmu wɔn ano. Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn? Na asɛm no sɔɔ AWURADE ani, sɛ Solomon abisa asɛm yi. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Esiane sɛ wubisaa asɛm yi, na woammisa nna dodo amfa, na woammisa ahonyade amfa, nanso woammisa w’atamfo kra, na wubisa nhumu, sɛ wode betie atemmu yi, hwɛ, mayɛ sɛ w’asɛm no se. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhumu koma a obiara a odii w’anim nte sɛ wo, na w’akyi nso obi rensɔre a ɔsɛ wo. Nanso nea wummisae no mama wo, ahonya ne anuonyam a ahene mu biara rento wo wo nna nyinaa. Na sɛ wonantew m’akwan mu na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea w’agya Dawid nantewee no a, mɛma wo nna aware. Na Solomon nyanee, na hwɛ, ɛyɛ ɔdae. Na ɔbaa Yerusalem, na obegyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na ɔtow ne nkoa nyinaa pon. Ɛbere no mu no, mmea nguaman baanu bi baa ɔhene nkyɛn begyinaa n’anim. Na ɔbea biako kae sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbea yi te fi koro mu, na mewoo ɔba wɔ ne nkyɛn ofie hɔ. Na mewoe akyi nnansa no, ɔbea yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔho bi nka yɛn ho ofie hɔ gye yɛn baanu pɛ na yɛwɔ ofi no mu. Na ɔbea yi ba no wui anadwo, efisɛ ɔdaa no so. Na ɔsɔree ɔdasu mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawu no bɛtoo me kokom. Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufu no, na hwɛ, wawu. Na mifeefee no anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no nen. Na ɔbea biako no se: Dabi, na me ba ne onikanfo no, na wo ba ne owufo no. Na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufo no, na me ba ne ɔteasefo no. Na wɔkasakasae ɔhene anim hɔ. Ɛnna ɔhene kae sɛ: Oyi se: Me ba ne onikanfo no, na wo ba ne owufo no; na oyi se: Daabi, na wo ba ne owufo no, na me ba ne onikanfo no. Na ɔhene kae sɛ: Mommrɛ me nkrante. Na wɔde nkrante baa ɔhene anim. Na ɔhene kae sɛ: Monkyɛ ɔba onikanfo no mu abien, na momfa ɔfa mma obiako, na momfa ɔfa mma obiako. Ɛnna ɔbea a ne ba ne onikanfo no ka kyerɛɛ ɔhene, efisɛ ne yam hyehye no ne ba no ho sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa ɔba onikanfo no mma no, na okum de, munnkum no! Na oyi se: Mma ɔnnyɛ me de, nso ɔnnyɛ wo de, monkyɛ mu! Ɛnna ɔhene buae sɛ: Momfa ɔba onikanfo no mma ɔno, na okum de wonnkum no, ɔne ne na. Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn. Na ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene. Na eyinom ne mmapɔmma a ɔwɔ: Sadok ba ɔsɔfo Asaria; Sisa mma Elihoref ne Ahia ne akyerɛwfo; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefo; Yoiada ba Benaia di dɔm so, na Sadok ne Abiatar di asɔfo; Natan ba Asaria di tow sohwɛfo so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo; na Ahisar di ofie so, na Abda ba Adoniram di adwumayɛ tow so. Na Solomon wɔ tow sohwɛfo dumien Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fi aduan so; afirihyia mu ɛtɔ obiako so ɔsram biako sɛ ɔma aduan. Wɔn din ni: Hur ba wɔ Efraim bepɔw so; Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bet-semes ne Elon-bet-hanan; Hesed ba wɔ Arubot, ne de ne Soko ne Hefer asase nyinaa; Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa ɔwaree Solomon babea Tafat. Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Sartan nkyɛn mu nyinaa, Yesreel ase, de fi Bet-sean kodu Abel-mehola de kɔ Yokmeam akyi; Geber ba wɔ Ramot-gilead, ne de ne Manase ba Yair atenae a ɛwɔ Gilead no, ne de nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkurow akɛse aduosia a ɛho wɔ afasu ne kɔbere adaban; Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim; Ahimaas wɔ Naftali ɔno nso faa Solomon ba Basmat waree; Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot; Parua ba Yehosafat wɔ Isakar; Ela ba Simei wɔ Benyamin; Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifo hene Sihon ne Basan hene Og asase so, na tow sohwɛfo biako na ɔwɔ asase no so. Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa. Na Solomon da koro aduan ne asikresam pa kor aduasa ne awisam kor aduosia; anantwi a wɔadɔ du ne adidibea anantwi aduonu ne nguan ha, ɛsono aforote ne adowa ne awansan ne nnomaa a wɔadɔ. Na odi asubɔnten no agya ha ahene a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi fi Tifsa bedu Gasa, na onyaa ɔmannwoe n’afa nyinaa hyiae. Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-seba, Solomon nna nyinaa. Na Solomon wɔ apɔnkɔdan ɔpeduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔfo ɔpedumien. Na tow sohwɛfo no hwɛɛ aduan so maa ɔhene Solomon ne wɔn a wɔbaa ɔhene Solomon pon ho nyinaa, wɔn sram so mmiako mmiako; wɔmma hwee nka. Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn. Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea. Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa. Na onim nyansa sen nnipa nyinaa, ɔsen Esrani Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahol mma no, na ne din hyetaa amanaman nyinaa mu hyiae. Na obubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom si apem ne anum. Na ɔkasae nnua ho fi kyeneduru a ɛwɔ Lebanon so kosii adwerɛ a efifi ɔfasu mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho nsɛm. Na amanaman nyinaa mu bi bae sɛ wobetie Solomon nyansa, wofi asase so ahene a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae. Na Tiro hene Hiram somaa ne nkoa baa Solomon nkyɛn; efisɛ wate sɛ ɔno na wɔasra no asi no hene n’agya ananmu; efisɛ Hiram dɔɔ Dawid daa. Na Solomon kɔɔ Hiram nkyɛn sɛ: Wo ara wunim m’agya Dawid sɛ dɔm a etwaa ne ho hyiae nti wantumi ansi ɔdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kosii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan ase. Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfo bi nni hɔ, na asiane bi nni hɔ. Na hwɛ, mise merebesi ɔdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no mesi w’ananmu matena w’agua so no, ɔno na obesi ɔdan ama me din. Na afei hyɛ na wɔntow nkyeneduru mfi Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaade mɛma wo, sɛnea wobɛka nyinaa; na wo ara wunim sɛ obi nni yɛn mu a onim nnuatow sɛ Sidonfo. Na Hiram tee Solomon nsɛm no, n’ani gyei sɛ, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafo de no asi ɔman kɛse yi so. Na Hiram soma baa Solomon nkyɛn sɛ: Mate nea enti a wosoma baa me nkyɛn no; me de, mɛyɛ nea wopɛ nyinaa nkyeneduru nnua ne ɔpopaw nnua fam. Me nkoa de befi Lebanon asian aba mpoano, na makyekye no ntɛnani ɛpo so mabedu nea wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masansan hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ nea mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fi aduan. Ɛnna Hiram maa Solomon nkyeneduru ne ɔpopaw nnua sɛnea ɔpɛ nyinaa. Na Solomon maa Hiram awi kor peduonu, sɛ ne fi aduan, ne ngo kronkron kor aduonu; sɛɛ na Solomon maa Hiram daa afe. Na AWURADE maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no ase no; na ɔmannwoe daa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu pamee. Na ɔhene Solomon gyee Israel nyinaa hɔ adwumatow, na ɔtow no si nnipa ɔpeduasa. Na ɔsomaa wɔn Lebanon so, nnipa ɔpedu daa ɔsram ma wodii no nnyigye, wodi ɔsram Lebanon, na wodi asram abien ofie, na Adoniram na odi tow adwuma no so. Na Solomon wɔ nnosoasoafo ɔpeduɔsɔn ne nnuatwafo ɔpeduɔwɔtwe bepɔw no so, ɛsono Solomon ahwɛfo mpanyin a wodi adwuma no so, nnipa mpensa ahasa a wodi nkurɔfo a wɔyɛ adwuma no so no. Na ɔhene hyɛe ma wɔpaee abo akɛse, abo a ne bo yɛ den, sɛ wɔde bɛhyɛ ɔdan no ase, abo a wɔasinsen. Na Solomon abantofo ne Hiram abantofo ne Gebalfo no sinsenee, na wosiesiee nnua ne abo sɛ wɔde besi ɔdan no. Na Israelfo fii Misraim asase so bae no akyi afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe so no, Solomon dii Israel so hene afe a ɛto so anan mu, ɔsram Siw a ɛne ɔsram a ɛto so abien a ɛte sɛ Ogyefo no so no, osii AWURADE dan no. Na ɔdan a ɔhene Solomon si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn. Na abrannaa a ɛwɔ asɔrefi dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛ ɔdan no trɛw no te no, basafa anum ne ne trɛw ɔdan no anim. Na ɔyɛɛ ɔdan no ho mfɛnsere a emu ahunaniankansa tintim mu. Na ɔtotoo ɔdan no fasu ho asansa nsɛmso de twaa ɔdan no afasu ho hyiae, asɔredan no ankasa ne mpiakyiri no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae: Ase mpia no, basafa abien ne fa ne ne trɛw, na mfinimfini de no, basafa abiɛsa ne ne trɛw, na nea ɛto so abiɛsa no, basafa abiɛsa ne fa ne ne trɛw, na ɔyɛɛ ɔdan no akyi mmamma hyiae, na mpuran no anhyɛn ɔdan no afasu mu. Na wɔresi ɔdan no, wɔde abo amuamu a wɔasiesie fi abotubea saa na esii: Na wɔresi no, wɔante asae anaa pɛe anaa adwinnade biara nka ɔdan no ho. Ase mpia no pon bi wɔ ɔdan no nifa fam, na wɔforo atrapoe nkyinkyimii kɔ mfinimfini de no mu, na wofi mfinimfini de no mu kɔ nea ɛto so abiɛsa no mu. Na osii dan no wiei no, ɔde kyeneduru mpuran ne ntaaboo kataa ɔdan no so. Na osisii nsɛmso no twaa ɔdan no ho nyinaa hyiae, basafa abien ne fa ne ebiara korɔn, na wɔde kyeneduru mpuran na esusoo ɔdan no mu. Na AWURADE asɛm baa Solomon nkyɛn sɛ: Ɔdan yi a woresi yi, sɛ wonantew m’ahyɛde mu na woyɛ m’atemmude na wudi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnantew mu a, ɛnne mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo; na mɛtena Israelfo mu, na merennyaw me man Israel. Na Solomon sii dan no wiei. Na ɔde kyeneduru ntaaboo pam ɔdan no afasu no wɔ mu, ɔde nnua kataa mu fi ɔdan no fam kosi nsɛmso ani, na ɔde ɔpopaw ntaaboo sɛm ɔdan no fam. Na ɔde kyeneduru ntaaboo sii ɔdan no akyiri fam basafa du, fi fam kɔpem nsɛmso mpuran, na osii de emu yɛɛ mpiakyiri, ɛne kronkronbea no. Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu. Na ɔdan no mu kyeneduru ntaaboo no anim no, wodii so kukuduuduu ne nhwiren a ahanhan adwinni; ne nyinaa yɛ kyeneduru, wɔanhu ɔbo biara. Na osiesiee mpiakyiri no ɔdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ. Na mpiakyiri no mu gow de, basafa adu ne ne ntwemu, na basafa du ne ne trɛw, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde kyeneduru kataa afɔre pon no ho. Na Solomon de sika amapa duraa ɔdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyiri no anim, na oduraa ho sika. Na ɔdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kosii sɛ ehyiaa ɔdan no mu nyinaa, na afɔre pon a ɛyɛ mpiakyiri de no, ɔde sika duraa ho nyinaa. Na mpiakyiri no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim abien, na basafa anum ne ne tenten. Na kerubim no ntaban biako si basafa abien ne fa, na kerubim no ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, efi ne ntabantiri ano kosi ne ntabantiri ano si basafa anum. Na kerubim a otia abien no nso yɛ basafa anum; kerubim abien no nyinaa yɛ nsusuwii koro ne suban koro. Kerubim biako tenten si basafa anum, na biako no nso saa ara. Na ɔde kerubim no sisii akyiri dan no mu, na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na obiako ntaban ka ɔfasu, na obiako ntaban ka ɔfasu biako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɔdan no mfinimfini, ntaban pem ntaban anim. Na ɔde sika duraa kerubim no ho. Na odii ɔdan no afasu no nyinaa ho adwinni hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, pia no mu ne asa no so. Na ɔdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so. Na mpiakyiri no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponnta, apongua no atifi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasu no mu abupɛn anum mu biako. Na ngodua aponnta abien no, odii so adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no so. Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano apongua no, ɔfasu no mu abupɛn anan mu biako; na ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien: Ɔpon biako wɔ afa abien a etumi dannan, na ɔpon biako no nso wɔ afa abien a etumi dannan; na odidii mu adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyerɛwee no mu. Na ɔyɛɛ emu fam abangua no, abo a wɔasinsen kyerɛpɛn abiɛsa ne kyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako. Afe a ɛto so anan no mu, ɔsram Siw a ɛte sɛ Ogyefo mu na wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase, na n’ahenni afe a ɛto so dubiako ɔsram Bul a ɛne ɔsram a ɛto so awotwe [a ɛte sɛ Ɔsanaa] no mu na wowiee ofi no, ne ɛho nneɛma ne ne yɛbea nyinaa fam, na mfe ason na wɔde sii. Na Solomon ankasa fi de, mfe dumiɛnsa ansa na owiee ofi no nyinaa si. Osii Lebanon kwae dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonuanum ne ne trɛw, na basafa dunum ne ne korɔn, ɛwɔ nkyeneduru adum kyerɛpɛn anan so, na nkyeneduru mpuran gugu so; na wɔde kyeneduru sɛm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no so no so, besi aduanan anum a dunum yɛ kyerɛpɛn biako. Na nsɛmso mpuran yɛ kyerɛpɛn abiɛsa, na mfɛnsere kyerɛkyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa. Na apon no ne apongua no nyinaa yɛ mpuran ahinanan, na mfɛnsere kyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa. Na ɔyɛɛ adum abrannaa, basafa aduonum anum ne ne ntwemu, na basafa dunum ne ne trɛw; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne atrapoe wɔ anim. Na ɔyɛɛ ahengua abrannaa a ɛhɔ na obebu atɛn, atemmu abrannaa no; na ɔde kyeneduru kataa mu fi fam koduu nsɛmso ani. Na ne dan a ɔbɛtena mu a ɛwɔ abangua biako no mu, abrannaa no akyi no yɛbea te saa ara. Na ɔyɛɛ ɔdan nso maa Farao babea a ɔwaree no no. Eyinom nyinaa yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, wɔde ɔwan na etwae, ɛwowɔ emu fam ne akyiri fam, fi asehyɛ so kɔpem atifi, na efi akyiri fam kosi abangua kɛse no so. Na asehyɛ no yɛ abo a ne bo yɛ den, abo akɛse, basafa nnum nnum abo ne basafa anan anan abo. Na ɛso a wɔtoe no yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, ɛne nkyeneduru. Na abangua kɛse a etwa ho hyia no yɛ abo a wɔasen kyerɛpɛn abiɛsa, ne nkyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako; na AWURADE fi no mufam abangua no ne ɔdan no abrannaa no wɔ saa bi. Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa Hiram fii Tiro; ɔyɛ Naftali abusuakuw mu ɔbea kunafo bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere dwumfo; na nyansa ne nhumu ne kɔbere adwinni nyinaa ho nimdeɛ ahyɛ no ma; na ɔbaa ɔhene Solomon nkyɛn bedii n’adwinni nyinaa. Na ɔyɛɛ kɔbere adum abien, biako tenten si basafa akron, na hama a ne tenten si basafa asia twa biako ho hyia. Na ɔyɛɛ ntaasotiri abien sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere na egui; basafa abien ne fa ne oduntiri biako korɔn, na basafa abien ne fa nso ne oduntiri biako no korɔn; ntontan a wɔanwene a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no ho, ason wɔ oduntiri biako ho, na ason nso wɔ biako no ho; na ɔyɛɛ atea aba sɛso kyerɛpɛn abien twaa ntontan no ho hyiae de kataa aduntiri no so; saa na ɔyɛɛ oduntiri biako no nso; na ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwironoa no ho, basafa abien; na adum abien no so ntaasotiri no wɔ ɔsoro nso, n’afuru a ɛtra ntontan no ho; na atea aba sɛso ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntiri biako no ho hyia. Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no ntwironoa no ano, na odum a ɔde sii nifa no, ɔtoo no din Yakin ase ne: Ɔde tim hɔ, na odum a ɔde sii benkum no, ɔtoo no din Boas ase ne: Ne mu na ahoɔden wɔ. Na sukooko adwinni wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no. Na ɔyɛɛ ɛpo no, wogui, efi ano kɔpem ano si basafa anum, ne kontonkron yɛ kurukuruwa, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama twa ho hyia; na kukuduuduu wɔ ano no ase, twa ho hyia, basafa anum anum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn abien na wogui ne gu no ara mu. Ɛwɔ anantwi dumien so: Abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam. Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan; edi galɔn mpedu. Na ɔyɛɛ kɔbere nsugye nnaka du, adaka no biako atwemu yɛ basafa abien, na ne trɛw yɛ basafa abien, na ne korɔn yɛ basafa biako ne fa. Na nnaka no yɛbea ni: Ɛwowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre, na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’agua ntam; na agyata, anantwi ne kerubim wowɔ agua no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinaso bi wɔ agua no so ɔsoro; na agyata ne anantwi no ase no wɔyɛɛ nhabamma nkyekyeree a ɛsensɛn hɔ. Na nnaka no wowɔ kɔbere ntwahonan anan anan ne kɔbere nhyemu dua, na ne nsisonan anan no so wowɔ nsusom nsa bi, wogui, oguasɛn no ase, na nhabamma nkyekyeree wowɔ nkyɛn nkyɛn. Na oguasɛn no ano wɔ adakatiri hankare no mu fam how so kakra basafa biako, na hankare no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinaso basafa biako ne fa, na wodii adwinni ano ano; na ne nhyehyɛmu atɛreatɛre yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa. Na ntwahonan anan no wowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no biako korɔn yɛ basafa biako ne fa; na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam nan yɛbea, ɛho nsa ne ne hankare ne ne mparow ne ne mfinimfini dade no nyinaa nso, wogui. Na nsusom nsa anan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifii. Na nnaka no ti no, wɔyeyɛɛ no nkuruwankuruwa hyiae, ne korɔn yɛ basafa fa, na nnakatiri no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre a efi mu no wɔ. Na odii ne nsa no trɛw ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre no so adwinni: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛnea ntam nnedahɔ tetee no, na nhabamma nkyekyeree twa ho hyia. Sɛɛ na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ tebea koro, nsusuwii koro ne suban koro. Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere aguasɛn du, oguasɛn biako di galɔn ahanan; basafa abien ne guasɛn no biako mu trɛw; nnaka du no nyinaa guasɛn no sisi so mmiako mmiako. Na ɔde nnaka no anum sisii ɔdan no nifa fam, na ɔde anum sisii benkum fam; na ɛpo no de, ɔde sii ɔdan no nifa fam, apuei a ɛkyerɛ nifa fam. Na Hiram yɛɛ aguasɛn no ne sesaw ade ne nkora. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon, AWURADE fi ho no nyinaa yɛ, adum abien no ne adum no atifi ntaasotiri no apɔw abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no, ne ntontan abien no ho atea aba sɛso ahanan no, atea aba sɛso kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata ntaasotiri apɔw abien a ɛwowɔ adum no so no ho, ne nsugye nnaka du no ne nnaka no so aguasɛn du no, ne ɛpo biako ne ɛpo biako no ase anantwi dumien no; ne nseaa ne sesaw ade ne nkora no. Na nneɛma a Hiram yɛ maa ɔhene Solomon de maa AWURADE fi no nyinaa yɛ kɔbere a wɔapɔw ho. Yordan ho asase so dɔte mu na ɔhene gui wɔ Sukot ne Sartan ntam. Na Solomon ankari nneɛma dodow yi, efisɛ ɛdɔɔso pii pa, na wɔanhu kɔbere no nkarii ano. Na Solomon yɛɛ AWURADE fi nneɛma no nyinaa: Sika afɔremuka no ne ɔpon a kyerɛ abodoo no sisi so no, sika; ne akaneadua no, anum wɔ nifa na anum wɔ benkum, mpiakyiri no anim, sika amapa, ne ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no, sika; ne nsanka ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne nso kukuwa no, sika ara nko; na ɔdan no mufam kronkronkronbea hɔ apon ne asɔredan apon no mmofunnua nso yɛ sika. Na wowiee adwuma a ɔhene Solomon yɛe AWURADE fi ho no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne, dwetɛ ne sika ne nneɛma nneɛma no, baa mu de besiee AWURADE fi akorade mu. Ɛno na Solomon hyiahyiaa Israel mpanyimfo ne mmusuakuw mu atitiriw, Israelfo agyanom mmapɔmma nyinaa baa ɔhene Solomon nkyɛn Yerusalem sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow Sion mu aba. Na Israel mmarima nyinaa behyiaa ɔhene Solomon nkyɛn ɔsram Etanim a ɛyɛ ɔsram a ɛto so ason a ɛte sɛ Kitawonsa no mu nnapɔnna no mu. Na Israel mpanyin nyinaa bae, na asɔfo no bɛsoaa adaka no. Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiae ntamadan no ne kronkronbea nneɛma a ɛwɔ ntamadan no mu no nyinaa bae, na asɔfo no ne Lewifo no de foro bae. Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wɔabehyia ne nkyɛn no nyinaa ne no di adaka no anim kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wontumi nkan mmu ano bɔɔ afɔre. Na asɔfo no de AWURADE apam adaka no besii n’afa, ɔdan no mpiakyiri a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro. Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyiri no anim, nanso wonhu wɔ adiwo; na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Biribi nni adaka no mu gye abo apon abien a Mose de guu mu Horeb, bere a wofi Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfo pamee no. Na asɔfo no fii kronkronbea hɔ fii adi no, omununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma. Na omununkum no nti amma asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma. Ɛno na Solomon kae sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena esum kabii mu. Osi na masi dan mayɛ tenabea mama wo, baabi a wobɛtena hɔ daa. Na ɔhene dan n’ani, na ohyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ. Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu sɛ: Efi da a mikoyii me man Israel fii Misraim bae no, mampaw Israel mmusuakuw nyinaa mu kurow bi sɛ wonsi dan na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ onni me man Israel so. Na ɛwɔ m’agya Dawid komam sɛ anka obesi dan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din. Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ wo koma mu sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu. Nanso ɛnyɛ wo na wubesi dan no, na mmom wo ba a ofi w’asen mu, ɔno na obesi dan ama me din. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu matena Israel ahengua so, sɛnea AWURADE kae no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din, na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom fi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pamee no wɔ mu no. Na Solomon gyinaa AWURADE afɔremuka no anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no. Wo na woakora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no; wode w’ano na ɛkae, na wode wo nsa ama aba mu, sɛ ɛte nnɛ yi. Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woaka akyerɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahengua so mmɔ wo m’anim: Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnantew m’anim sɛnea wonantew m’anim no. Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ntim ɛ! Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi! Nanso dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteɛm ne mpae a w’akoa rebɔ w’anim nnɛ yi, sɛ wubebue w’ani akyerɛ ɔdan yi anadwo ne awia sɛnea wokae sɛ: Me din bɛtena hɔ, no, na woatie mpae a w’akoa rebɔ akyerɛ ha yi. Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa firi! Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔremuka anim ofi yi mu a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wubebu ɔbɔnefo fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔtreneeni bem ama no sɛ ne trenee te. Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfo anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpae na wɔkotɔ srɛ wo ofi yi mu a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne firi, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so. Sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpae kyerɛ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsan fi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase ntia a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so. Sɛ ɔkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɔhow, ɔpo, ntutummɛ, mmɛbɛw, sɛ ɛba oo, sɛ wɔn atamfo behiahia wɔn ho, wɔn kurow biara mu oo, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo, mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara behu ne koma mu haw, na sɛ ɔbɛtrɛw ne nsa mu kyerɛ ofi yi a, wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne komam no; na wo ara wo nko na wunim nnipa mma nyinaa koma mu, nea ɛbɛyɛ na wɔasuro wo, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no so no nyinaa. Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu na wo din nti ofi akyirikyiri asase bi so aba, efisɛ wɔbɛte wo din kɛse ne wo nsa dennen ne wo basa a ateɛ no nka, sɛ ɔba bɛbɔ mpae wɔ ɔdan yi mu, wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo, sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ɔdan a masi yi. Sɛ wo man fi adi ne wɔn atamfo kodi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpae kyerɛ kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a, ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw, na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfo asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo, na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho na wɔkotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛato, yɛadi abɔnefosɛm, na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn atamfo a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no asase so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a, ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo ne wɔn mmarato a wɔato afom wo no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wonnya wɔn nnommumfafo no anim mmɔborohunu, na wonhu wɔn mmɔbɔ. Efisɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapade a wuyii wɔn Misraim fii dade fononoo mu de wɔn bae no, na bue w’aniwa ma w’akoa nkotɔsrɛ ne wo man Israel nkotɔsrɛ, na tie wɔn nea wosu frɛ wo no nyinaa mu. Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na wuyii wɔn yɛɛ agyapade fii asase so aman nyinaa mu, sɛnea wonam w’akoa Mose so kae ɛbere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim bae no. Na Solomon wiee mpae a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotɔsrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre fii afɔremuka no anim, na ogyaee ne nankoroma anim kotow ne ne nsam trɛw a ɔtrɛw kyerɛɛ ɔsoro no. Na ogyinaa hɔ de nne kɛse hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ɔmannwoe sɛnea ɔkae no nyinaa. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kae no nyinaa mu asɛm biako po antɔ fam. AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛnea odii yɛn agyanom akyi no, onnnyaw yɛn, nanso ɔmmpa yɛn. Na ɔnkom yɛn koma mmra ne ho, na yɛanantew n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so. Na ma me nsɛm a mede mekotɔ mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na onni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛnea ehia da biara, na asase so aman nyinaa nhu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ bio. Na momma mo koma mmɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn ho pɛ, sɛ mobɛnantew n’ahyɛde so na moadi ne mmara nsɛm so sɛ ɛte nnɛ yi. Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔre AWURADE anim. Na Solomon bɔɔ asomdwoe afɔre a ɔbɔ maa AWURADE no: Anantwi ɔpeduonu abien ne nguan ɔpeha aduonu. Na saa na ɔhene ne Israel mma nyinaa dwiraa AWURADE fi. Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abangua no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no sua dodo sɛ ɛbɛhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no. Na Solomon dii nnapɔnna no ɛbere no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse, wofi nea wɔrekɔ Hamat de besi Misraim subon ano, wodii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnawɔtwe abien. Da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu. Na Solomon wiee AWURADE fi ne ɔhene fi no si no, ne ade a ɔpɛ a ɛsɔ n’ani sɛ ɔbɛyɛ nyinaa yɛ no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Solomon ne mprenu so, sɛnea oyii ne ho kyerɛɛ no Gibeon no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotɔsrɛ a wobɛsrɛɛ m’anim no, na mayɛ ofi a woasi yi kronkron, sɛ mede me din mɛto hɔ akosi daa, na m’aniwa ne me koma atena hɔ nna nyinaa. Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee no, koma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛnea mahyɛ wo nyinaa, na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a, ɛnne mɛma wo hene a wudi Israel so no agua atim akosi daa, sɛnea mekae w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahengua so, no. Na sɛ ɔsan na mo ne mo mma bɛsan afi m’akyi, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛde a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne metwa Israel afi asase a mede mama wɔn no ani, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din no, mɛtow afi m’anim akyene, na Israel bɛdan bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu. Na ɔdan yi, ɛkorɔn kɔ ɔsoro de, nanso obiara a otwam ho no ho bɛfɔw no, na wayɛ soo, na waka sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ asase yi ne ofi yi sɛɛ? Na wobebua sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim asase so bae no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi. Na mfe aduonu a Solomon de sisii afi abien, AWURADE fi ne ɔhene fi no, akyi no, nso Tiro hene Hiram de nkyeneduru nnua ne ɔpopaw nnua ne sika sɛnea ɔpɛ nyinaa aso Solomon mu, ɔhene Solomon maa Hiram nkurow aduonu Galilea asase so. Na Hiram fii adi fii Tiro sɛ ɔbɛhwɛ nkurow a Solomon ama no no, nanso ansɔ n’ani. Na ɔkae sɛ: Nkurow bɛn na wode ama me yi, me nua? Na ɔfrɛɛ no sɛ: Kabul asase, de besi nnɛ. Na Hiram soma ma wɔde sika dwetikɛse ɔha aduonu brɛɛ ɔhene. Na adwuma tow a ɔhene Solomon gyei sɛ ɔde besi AWURADE fi ne n’ankasa ne fi ne Milo ne Yerusalem fasu ne Hasor ne Megido ne Geser no ho asɛm ni: Misraim hene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahyew, na wakunkum Kanaanfo a wɔte kurow no mu no, na ɔde ama ne babea, Solomon yere no, sɛ awarede. Na Solomon kyekyee Geser ne anafo Bet-horon, ne Baalat ne Tadmor a ɛwɔ sare so asase no so, ne aduankora nkurow a Solomon wɔ nyinaa ne nteaseɛnam nkurow ne apɔnkɔsotefo nkurow ne Solomon ade a ɔpɛ sɛ osi Yerusalem ne Lebanon ne asase a odi so nyinaa no so. Nkurɔfo a wɔaka fi Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo mu no, wɔn a Israel antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no so no, Solomon yii wɔn gyee wɔn adwumayɛ tow de bedu nnɛ ara. Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa, efisɛ wɔn na wɔyɛ akofofo ne ne gyaasefo ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfo ne n’apɔnkɔsotefo. Eyinom ne Solomon adwuma so ahwɛfo mu mpanyin: Ahanum aduonum a wodi nkurɔfo a wokura adwuma no mu no so. Nso Farao babea no fii Dawid kurow no mu baa ne dan a osi maa no no mu. Ɛno na ɔkyekyee Milo. Na Solomon bobɔɔ afɔre, afe mu mprɛnsa, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, afɔremuka a osi maa AWURADE no so, na ɔhyew aduhuam nea esi AWURADE anim no so. Na owiee ofi no koraa. Na ɔhene Solomon yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛw Po ano, Edom asase so. Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufo a wonim ɛpo ho asɛm kaa Solomon nkoa ho, ahyɛn no mu. Na wɔkɔɔ Ofir kogyee sika hɔ, dwetikɛse ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ ɔhene Solomon. Na Seba hemmaa tee Solomon nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbae sɛ ɔde mmebusɛm a emu dɔ rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa de yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika bebree pa ne aboɔden abo baa Yerusalem; na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ. Na Solomon buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhintaw ɔhene a wanka ankyerɛ no. Na Seba hemmaa no huu Solomon nyansa nyinaa ne ofi a wasi, ne ne pon so nnuan ne ne nkoa atenae ne n’asomfo gyinabea ne wɔn ntade ne ne nsahyɛfo ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne home tew no, na ɛyɛɛ no nwonwa. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware; na mannye nsɛm no manni de besii sɛ mebae, na mede m’aniwa mabehu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa po: Wo nyansa ne wo yiye sen nka a metee no. Nhyira ne wo nnipa, nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no. Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahengua so. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekosi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmude ne treneede. Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu, ne nnuhuam bebree pa ara, ne aboɔden abo; nnuhuam bebree saa bi amma bio, sɛnea Seba hemmaa de maa ɔhene Solomon no. Nanso Hiram ahyɛnkuw a ɛde sika fi Ofir bae no de asamfono nnua bebree pa ne aboɔden abo bae. Na ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ AWURADE fi ne ɔhene fi aforoe ne asanku ne mmɛnta asanku maa nnwontofo no. Saa asamfono nnua yi bi amma bio, na wɔanhu bi bio de besi nnɛ. Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae nyinaa; ɛsono nea efi ɔhene Solomon nsam a ɔde maa no. Na ɔsan siim kɔɔ n’asase so, ɔno ne ne nkoa. Nso sika a ɛba Solomon nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia, ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne akwantemfo batadi mu ne nea efi Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofo no nsam. Na Solomon de sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbona ahansia na ɔde duraa akyɛm no mmiako mmiako ho; na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnnaa abiɛsa na ɔde duraa akyɛm no mmiako mmiako ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu. Na ɔhene yɛɛ asonse ahengua kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho. Agua no wɔ ntrapoe asia, na agua no ti a ɛwɔ akyi yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenae no ho, na agyata abien gyinagyina nsa no ho; na agyata dumien gyinagyina ntrapoe asia no so ha ne ha; wɔnyɛɛ saa bi da ahenni biara mu. Na ɔhene Solomon nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon kwae dan mu nneɛma nyinaa yɛ sika kronkron; dwetɛ nni mu: Wommu no hwee Solomon bere so. Na ɔhene wɔ Tarsis ahyɛn ɛpo no so a ɛka Hiram ahyɛn ho; mfe abiɛsa biara mu, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkyeneboa ne koohaa ba. Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, ade dodow ne nyansa fam. Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no. Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade ne akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de. Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefo mpem dumien, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo wɔ Yerusalem, ne nkyeneduru nso sɛ ankye nnua a ɛwɔ asasetaw so. Na Solomon wɔ apɔnkɔ a wofi Misraim ne Kue, ɔhene aguadifo asafo kɔtotɔ apɔnkɔkuw, sɛ wɔn bo te, de ba. Na wɔde teaseɛnam fi Misraim ba a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na aguadifo de bi brɛ Hetifo ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo. Na ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo bebree kaa Farao babea no ho, wɔne Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo mmea a wofi amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israelfo sɛ: Monnkɔ wɔn mu na wɔn nso mmma mo mu, ampa wɔbɛkom mo koma adi wɔn anyame no akyi, no mu, wɔn na Solomon bataa wɔn ho ɔdɔ mu. Na ɔwɔ yerenom ahenemma ahansɔn ne yefam nso ahasa; na ne yerenom no kom ne koma. Na Solomon nkwakorabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma. Na Solomon kodii Sidonfo nyamewa Astoret ne Amonfo Milkom a ɛyɛ akyide no akyi. Na Solomon yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wanwie AWURADE akyidi sɛ n’agya Dawid. Ɛno mu na Solomon sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei no so, ne Amonfo Molek a ɛyɛ akyide; na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafo a wɔhyew aduhuam na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame no nyinaa. Na AWURADE bo fuw Solomon, efisɛ ne koma adan afi AWURADE Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu, na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ onnkodi anyame foforo akyi, nanso wanni nea AWURADE hyɛɛ no no so no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Solomon sɛ: Esiane sɛ eyi wɔ wo ho na woanni m’apam ne m’ahyɛde a mehyɛɛ wo no so nti, ɔtew na mɛtew ahenni no afi wo nsam, na mede mama w’akoa. Nanso wo bere so de, merenyɛ, w’agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛtew afi; nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti merentew ahenni no nyinaa, na mede abusuakuw biako mɛma wo ba. Na AWURADE maa ɔperedifo bi, Edomni Hadad, sɔre hyɛɛ Solomon; ofi ɔhene asefo mu wɔ Edom. Na Dawid ne Edom nyae, na ɔsahene Yoab foro kɔe sɛ okosie atɔfo no, okum Edom mmarima nyinaa. Na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ asram asia kosii sɛ ɔtɔree mmarima nyinaa ase Edom. Na Hadad ne Edom mmarima bi a wofi n’agya nkoa mu guanee sɛ wɔrekɔ Misraim; nso na Hadad yɛ abofra kumaa. Na wɔsɔre fii Midian na wokoduu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraim hene Farao nkyɛn; na ɔmaa no ofi na ɔhyɛɛ aduan a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso. Na Hadad nyaa Farao anim anuonyam pii, na ɔde ne yere ne nua, ahenyere Tahpenes ne nua, maa no aware; na Tahpenes ne nua no woo ɔbabarima Genubat maa no, na Tahpenes twaa no nufu Farao fi, na Genubat wɔ Farao fi, Farao mma mu. Na Hadad tee Misraim sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda na ɔsahene Yoab awu no, Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m’asase so. Ɛnna Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Na ɛdɛn na ehia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akɔ yi? Na obuae sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ. Na Onyankopɔn maa ɔperedifo bi, Eliada ba Reson a oguan fii ne wura Hadad-eser, Soba hene, nkyɛn no sɔre hyɛɛ no. Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, bere a Dawid kum [Sobafo] no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na odii hene Damasko. Na ɔne Israel dii apere Solomon nna nyinaa kaa bɔne a Hadad yɛe no ho; na okyii Israel, na odii Siria so hene. Na Nebat ba Yeroboam, Efraimni a ofi Sereda, a ɔyɛ Solomon akoa, na ne na din de Serua, ɔbea kunafo bi, nso tew ɔhene so atua. Na asɛm a ɛma ɔtew ɔhene so atua ne sɛ: Solomon kyekyee Milo na otuatuaa n’agya Dawid kurow ho fasu mu. Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a otumi, na Solomon huu aberante no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfo no, ɔma ɔyɛɛ Yosef fi adwuma nyinaa so hwɛfo. Na ɛbere no mu, Yeroboam fi Yerusalem rekɔ no, odiyifo Ahia, Siloni, behuu no ɔkwan no so; nso na ofura ntama foforo, na wɔn baanu pɛ na ɛwɔ wuram hɔ. Na Ahia soo ntama foforo a ɛwɔ ne ho no mu, na osunsuanee mu asinasin dumien, na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasin du fa; na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebɛtew ahenni no afi Solomon nsam, na mede mmusuakuw du mama wo; na m’akoa Dawid ne kurow Yerusalem a mafa afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no nti abusuakuw biako na ɛnyɛ ne de; esiane sɛ wagyaw me na wakɔsɔre Sidonfo nyamewa Astoret ne Moabfo nyame Kemos ne Amonfo nyame Milkom, na wannantew m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so ne m’ahyɛde ne m’atemmude sɛ n’agya Dawid. Nanso merennye ne nsam ahenni no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a odii me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so no nti, mesi no ɔman so panyin ne nkwa nna nyinaa. Na megye ahenni no ne ba nsam, na mede mmusuakuw du mama wo. Na ne ba no, mede abusuakuw biako mɛma no nea ɛbɛyɛ na ɔkanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kurow a mayi mafa sɛ mede me din mɛto hɔ no mu. Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛnea wo kra pɛ nyinaa, na woayɛ Israel so hene. Na sɛ wutie nea mɛhyɛ wo nyinaa na wonantew m’akwan so na woyɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ wubedi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no a, ɛnne medi w’akyi na masi ofi a etim hɔ mama wo; sɛnea misi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo; na eyi nti mɛbrɛ Dawid asefo ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa. Na Solomon hwehwɛe sɛ okum Yeroboam; na Yeroboam sɔre guan kɔɔ Misraim, Misraim hene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kosii sɛ Solomon wui. Na Solomon ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne nyansa no, wɔakyerɛw no Solomon ho nsɛm nhoma no mu? Na nna a Solomon de dii hene Yerusalem Israel nyinaa so si mfirihyia aduanan. Na Solomon tiw n’agyanom wɔ asaman, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu; na ne ba Rehoboam bedii n’ade. Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem; na Sekem ne Israel nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene. Na Nebat ba Yeroboam tee no, na ɔno de, ɔda so wɔ Misraim a oguan fii ɔhene Solomon anim kɔɔ hɔ no, na ɔte Misraim, na wɔsoma kohyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa bae, na wɔbɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, afei yi w’agya ɔsom dennen ne ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no so ma ɛnyɛ hare, na yɛnsom wo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ na nnansa akyi monsan mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. Na ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a n’agya Solomon da so te ase no, wɔyɛ n’afotufo no tuu agyina sɛ: Ɛfo bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ nnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wubua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnne wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. Na ogyaw mpanyimfo fo a wotuu no no, na ɔne mmerante a wɔne no nyinii a wɔyɛ n’afotufo no kotuu agyina, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfo bɛn na mo nso mutu, na yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔndua a w’agya de too yɛn kɔn so no so ma ɛnyɛ hare, no? Na mmerante a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, ka kyerɛ wɔn sɛ: Me nsatea kokɔbɛto so sen m’agya asen, na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a wɔfrɛ nkekantwɛre na mɛhwe mo. Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no. Na ɔhene de asɛnnennen buaa ɔman no, na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, na ɔka kyerɛɛ wɔn, sɛnea mmofra no tuu no fo no, sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo. Na ɔhene antie ɔman no, efisɛ AWURADE na ɔdan no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no atim. Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi. Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene. Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a odi ɔhyɛ adwuma so no; na Israel nyinaa siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm sii teaseɛnam mu sɛ ɔreguan aba Yerusalem. Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ. Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, wɔsoma kohyiaa no baa asafo no mu, na wosii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a odii Dawid fi akyi sɛ Yuda abusuakuw nko. Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fi nyinaa ne Benyamin abusuakuw ano, nnipa a wɔapaw wɔn a wotu sa ɔpeha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fi rekɔko, na wɔadan ahenni no ama Solomon ba Rehoboam. Na Onyankopɔn asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fi nyinaa ne ɔman no nkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israelfo nnkɔko, monsan nkokɔ mo afi; na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan kɔe, sɛ AWURADE asɛm no se no. Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔw so tenaa mu; na ofii hɔ kɔkyekyeree Penuel. Na Yeroboam see ne koma mu sɛ: Afei na ahenni no bɛsan akɔ Dawid fi, sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔre AWURADE fi Yerusalem a, ɛnne ɔman yi koma bɛdan akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene, nkyɛn, na wɔakum me, na wɔasan akɔ Yuda hene Rehoboam nkyɛn. Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni. Na ɔde biako kosii Betel na ɔde biako nso kosii Dan. Na asɛm yi dan bɔne, efisɛ ɔman no kɔɔ biako yi anim, Dan, [ne biako no nso anim wɔ Betel]. Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea afi, na ɔde ɔman no mu nnipa hunu a womfi Lewifo mu sisii asɔfo. Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel. Na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka a ɔyɛe Betel no so, ɔsram a ɛto so awotwe da a ɛto so dunum no so, ɔsram a ɔno nko bɔɔ ne tirim hyɛe no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfo no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so, na ɔhyew aduhuam. Na hwɛ, Onyankopɔn nipa bi fi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔremuka no ho rebɛhyew aduhuam. Na ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka no sɛ: Afɔremuka, afɔremuka, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fi a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔhyew wo so aduhuam no bɛbɔ afɔre, na wahyew nnipa nnompe wɔ wo so. Na ɔmaa sɛnkyerɛnne da no ara sɛ: Eyi ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔremuka no bɛpae, na nso a ɛwɔ so no ahwie agu. Na ɔhene tee Onyankopɔn nipa no asɛm a ɔteɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no, Yeroboam teɛɛ ne nsa fii afɔremuka no so kae sɛ: Monkyere no. Na ne nsa a ɔteɛe no so no senee kyenkyenenn, na wantumi anka anto ne ho. Na afɔremuka no paee, na nso no fii afɔremuka no so gui sɛ sɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kae no te no. Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me! Na Onyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye maa no, na ɛyɛe sɛ kan no. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ ofie, na kodwudwo wo ho, na mɛkyɛ wo ade. Na Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fi fa bɛma me po a, me ne wo renkɔ, na merennidi na merennom wɔ ha, efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nnidi na nnom, na nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so. Na ɔfaa ɔkwan foforo so, na wansan amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so. Nso odiyifo akwakoraa bi te Betel; na ne ba kɔbɔɔ no nea Onyankopɔn nipa no bɛyɛe Betel da no nyinaa; nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya. Na wɔn agya no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfae? Na ne mma no huu ɔkwan a Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no faa so. Na ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me! Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no, na ɔtenaa no so, na osiim tiw Onyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odupɔn kɛse bi ase. Na obisaa no sɛ: Wone Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no? Na obuae sɛ: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnkɔ ofie na kodidi. Na ose: Merentumi ne wo nsan na me ne wo renkɔ, nso me ne wo rennidi nnom wɔ ha, efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nnidi na nnom wɔ hɔ, nso nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no. Ɛnna ɔne no sanee, na okodidii ne fi, na ɔnom nsu. Na wɔte pon ho no, AWURADE asɛm baa odiyifo a ɔkɔsan no bae no nkyɛn, na ɔteɛɛm kyerɛɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ woatew AWURADE anom asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no so, na woasan abedidi na woanom nsu faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsu, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu. Na odidii na ɔnom nsu wiei no, ɔhyehyɛɛ afurum no maa odiyifo a ɔkɔsan no bae no. Na ɔrekɔ no, gyata behyiaa no ɔkwan no mu, na okum no, na ne funu no daa ɔkwan no mu, na afurum no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina funu no ho. Na hwɛ, nnipa retwam, na wohuu funu a ɛda ɔkwan no mu ne gyata a ogyina funu no ho no. Na wɔkɔe kɔkae kurow a odiyifo akwakoraa no te mu no mu. Na odiyifo a ɔkɔsan no fii ɔkwan no so no tee no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn nipa a ɔtew AWURADE anom asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ma watetew no akum no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te no. Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no. Na ɔkɔe kohuu funu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina funu no ho; gyata no nnii funu no, na ɔntetew afurum no nso ɛ. Na odiyifo no maa Onyankopɔn nipa no funu no so de too afurum no so de no sanee, na odiyifo akwakoraa no de no kɔɔ ne kurow mu, sɛ okogyam no na wasie no. Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wogyam no sɛ: Due, me nua! Na owiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ miwu a, munsie me ɔda a wɔasie Onyankopɔn nipa no wom no mu, momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afi a ɛwɔ Samaria nkurow mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa. Asɛm yi akyi no Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne so, na ɔsan faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodi hyɛ ne nsa ma wɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfo no bi. Na asɛm yi dan Yeroboam fi bɔne a ɛma wɔdwerɛw wɔn na wɔsɛee wɔn fii asase ani. Ɛbere no mu no, Yeroboam ba Abigya yaree. Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre sakra wo ho, na wɔanhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na odiyifo Ahia wɔ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ medi ɔman yi so hene. Na fa abodoo du ne tetare ne ɛwo toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn: Ɔno na ɔbɛka wo nea ɛbɛyɛ abofra yi. Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na osiim kɔɔ Silo, na oduu Ahia fi. Nso Ahia nhu ade, na akorabɔ nti n’aniwa agyen. Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abebisa wo hɔ asɛm, ne ba ho, efisɛ ne ba no yare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Efisɛ sɛ ɔba a, ɔbɛsakra ne ho ayɛ sɛ obi foforo. Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɔpon ano no, ɔkae sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakra wo ho ayɛ sɛ onipa foforo yi? Na me de, wɔde asɛnnennen asoma me wo nkyɛn. Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ memaa wo so wo man no mu na misii wo me man Israel so panyin, na metew ahenni no fii Dawid fi mede memaa wo, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so no nko, na woayɛ bɔne asen wɔn a wodii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu sɛ wode rehuru me bo, na woatow me akyene w’akyi nti, hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fi so, na matwa Yeroboam fi barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehye, na mapra madi Yeroboam fi akyi sɛnea obi pra fi kosi sɛ ɛsa. Yeroboamni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam, AWURADE na aka. Na wo de, sɔre kɔ wo fi; na wo nan si kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. Na Israel nyinaa begyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam de a ɔbɛkɔ ɔda mu, efisɛ ɔno mu na wɔahu adepa bi AWURADE Israel Nyankopɔn fam, Yeroboam fi. Na AWURADE bɛma ɔhene so Israel so a ɔbɛsɛe Yeroboam fi. Ɛda no ni! Na dɛn na aba yi? Na AWURADE bɛbɔ Israel sɛnea demmire wosow nsu mu, na watutu Israel afi asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, esiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo. Na Yeroboam bɔne a ɔyɛe na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, obegyaa Israel mu ama. Na Yeroboam yere no sɔre siim kɔɔ Tirsa; na oduu ɔdan no apongua ase de so no, abofra no wui. Na wosiee no, na Israel nyinaa gyam no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa odiyifo Ahia so kae no te no. Na Yeroboam ho nsɛm nkae, sɛnea odii ako ne sɛnea odii ne hene fae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Na nna a Yeroboam de dii hene si mfe aduonu abien; na otiw n’agyanom kɔɔ asaman, na ne ba Nadab bedii n’ade. Solomon ba Rehoboam dii hene Yuda no, na wadi mfirihyia aduanan biako na odii hene mfirihyia dunsɔn, Yerusalem, kurow a AWURADE fa fii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔde ninkuntwe hyɛɛ no sen nea wɔn agyanom de wɔn bɔne a wɔyɛe no hyɛɛ no no. Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne Asera nnua, nkoko sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. Na mmarima nguaman nso wɔ asase no so; wɔyɛe sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide nyinaa te. Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum so no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so. Na ɔfaa AWURADE fi akorade ne ahemfi akorade, nyinaa kɔe; na ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no nyinaa nso. Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufo a wɔhwɛ ahemfi pon ano no so asafohene nsa. Na da biara a ɔhene rekɔ AWURADE fi no, ammirikatufo no kurakura, na wɔde san besie ammirikatufo pia mu. Na Rehoboam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe no nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa. Na Rehoboam tiw n’agyanom kɔɔ asaman, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kurow mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bedii n’ade. Na Nebat ba ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe mu na Abigya bedii Yuda so hene. Mfirihyia abiɛsa na odii hene Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Absalom babea. Na ɔyɛɛ bɔne a n’agya yɛe no ara bi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho. Nanso Dawid nti AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyi, na wama Yerusalem agyina, efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na wamman amfi biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko mu. Na akodi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa. Na Abigya ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na dɔmdi daa Abigya ne Yeroboam ntam. Na Abigya wui; na wosiee no Dawid kurow mu; na ne ba Asa bedii n’ade. Na Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu so no Asa bedii Yuda so hene. Na odii hene mfirihyia aduanan biako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Absalom babea. Na Asa yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid. Na otutuu nguaman no fii asase no so, na oyiyii ahoni a n’agyanom yɛe no nyinaa. Na ne na Maaka nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyewee Kidron subon mu. Na sorɔnsorɔmmea no de, wanyi, nanso Asa koma dii mu AWURADE ho ne nna nyinaa. Na ɔde n’agya akronkronne ne n’ankasa akronkronne baa AWURADE fi: Dwetɛ ne sika ne nnwinne. Na dɔmdi daa Asa ne Israel hene Basa ntam wɔn nna nyinaa. Na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyee Rama, sɛ ɔremma obi nni Yuda hene Asa nkyɛn ahyemfiri. Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkae AWURADE fi akorade ne ɔhene fi akorade mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na ɔhene Asa de somaa wɔn kɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siria hene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ: Ma apam nna me ne wo ntam, ne m’agya ne w’agya ntam, hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛde, na kɔ kobubu wo ne Israel hene Basa apam no mu, na omfi me so nkɔ. Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no hyɛɛ Israel nkurow, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa. Na Basa tee no, ogyaee Rama kyekye, na ɔkɔtenaa Tirsa. Ɛnna ɔhene Asa ma wɔpaee Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔhene Asa de kyekyee Geba-benyamin ne Mispa. Na Asa ho nsɛm nyinaa nkae ne ne mmaninne nyinaa ne nea ɔyɛe nyinaa ne nkurow a ɔkyekyee, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Nanso ne nkwakorabere mu no, ɔyaree ne nan. Na Asa wui, na wosiee no n’agyanom amusie, wɔ n’agya Dawid kurow mu. Na ne ba Yosafat bedii n’ade. Na Yeroboam ba Nadab bedii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛto so abien so. Na odii Israel so hene mfe abien. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantew n’agya kwammɔne no so, na ɔde ɔman Israel kɔɔ bɔne mu. Na Ahigya ba Baasa a ofi Isakar fi tew no so atua; na Baasa bɔɔ no ade kum no, wɔ Filistifo kurow Gibeton mu; bere a Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton no. Na Baasa kum no, Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa so, na odii n’ade. Na obedii hene no, okunkum Yeroboam fi nnipa nyinaa, wannyaw obiara a ɔhome amma Yeroboam, sɛnea AWURADE nam n’akoa: Odiyifo Siloni Ahigya so kae no, Yeroboam bɔne a ɔyɛe, ne nea ɔmaa Israel yɛe ne abohuru a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti na ɛbaa saa. Na Nadab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na akodi daa Asa ne Israel hene Baasa ntam wɔn nna nyinaa. Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa so na Ahigya ba Baasa bedii Israel nyinaa so hene Tirsa, mfe aduonu anan. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne a Yeroboam yɛe no ara bi ɔmaa Israel yɛɛ bɔne. Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ: Esiane sɛ mama wo so afi mfutuma mu, na masi wo me man Israel so panyin, na woafa Yeroboam kwan so, na woama me man Israel ayɛ bɔne ma wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti, hwɛ, merepra Baasa ne ne fi akɔ, na mɛyɛ wo fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi. Baasani a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na ne ni a obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam. Na Baasa ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe ne ne mmaninne, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Baasa wui, na wosiee no Tirsa. Na ne ba Ela bedii n’ade. Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba odiyifo Yehu so bae hyɛɛ Baasa ne ne fi, bɔne a ɔyɛe AWURADE ani so nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛe sɛ Yeroboam fi de huruu ne bo, ne okum a okum no nti. Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu asia so na Baasa ba Ela bedii hene Tirsa mfe abien. Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene, tew ne so atua; na ɔwɔ Tirsa anom nsa abow wɔ Arsa a odi ahemfi a ɛwɔ Tirsa no so no fi. Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kum no, Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu ason so, na odii n’ade. Na obedii hene, na ɔtenaa ahengua so ara pɛ no, okum Basa fi nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannyaw ɔbarima biara amma no. Na Simri sɛee Baasa fi nyinaa sɛnea AWURADE nam odiyifo Yehu so ka kyerɛɛ Baasa no, Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛe na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhude huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo no nti. Na Ela ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu ason so na Simri bedii hene nnansɔn Tirsa. Na ɔman no abɔ Filistifo kurow Gibeton ho nsra. Na aman a wɔwɔ nsram no tee sɛ Simri atew atua akum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsra no mu. Na Omri fi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wobetuaa Tirsa. Na Simri hui sɛ wɔagye kurow no no, ɔkɔɔ ahemfi aban no mu, na ɔde ogya hyew ahemfi no guu ne ho so, na owui, ne bɔne a ɔyɛe, de tiaa AWURADE, sɛ ɔnantew Yeroboam akwan so, ne nea ɔmaa ɔman Israel nso yɛe no nti. Na Simri ho nsɛm nkae ne n’apam a ɔkɔe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa abien. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyi sɛ wobesi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi. Na ɔman a wodii Omri akyi no yɛ den sen ɔman a wodii Ginat ba Tibni akyi, na wokum Tibni, na Omri dii hene. Yuda hene Asa afe a ɛto so aduasa biako so na Omri bedii Israel so hene mfe dumien. Odii hene Tirsa mfe asia. Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔw, Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛse abien, na ɔkyekyee bepɔw no so kurow, na ɔde bepɔw no wura Semer din too kurow a ɔkyekyee no din Samaria. Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sen wɔn a wodii n’anim nyinaa. Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam akwan nyinaa ne ne bɔne a ɔmaa Israel yɛe no so, sɛ wɔde wɔn ahuhude behuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no bo. Na Omri ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne mmaninne a ɔyɛe no, wɔakyerɛw no Israel ahemfo beresosɛm nhoma no mu? Na Omri wui, na wosiee no Samaria. Na ne ba Ahab bedii n’ade. Na Omri ba Ahab bedii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛto so aduasa awotwe so. Ahab dii Israel so hene Samaria mfirihyia aduonu abien. Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sen wɔn a wodii n’anim nyinaa. Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no. Na osii afɔremuka maa Baal wɔ Baal fi wɔ Samaria. Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na ɔyɛɛ nneɛma pii kaa ho huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa. Ne bere so na Betelni Hiel kyekyee Yeriko; n’abakan Abiram wui bere a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui bere a osisii ano apon no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no. Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so! Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Fi ha kɔ, na dan wo ho kɔ apuei, na kohintaw asu Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho. Na wobɛnom asu no mu nsu, na mahyɛ nkwaakwaadabi sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ. Na osiim kɔyɛe sɛ AWURADE kae no, na ɔkɔe kɔtenaa asu Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho. Na nkwaakwaadabi brɛɛ no abodoo ne nam anɔpa, ne abodoo ne nam anwummere, na ɔnom asu no mu nsu. Na nna bi akyi no, asu no yowee, efisɛ osu antɔ asase no so. Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfo de no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbea kunafo bi hɔ sɛ ɔnhwɛ wo. Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na oduu kurow no pon ano no, na hwɛ, ɔbea kunafo no wɔ hɔ repɛ mmobaa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsaw nsu kakra gu biribi mu brɛ me na mennom. Na ɔrekɔ akɔsaw no, frɛɛ no sɛ: Fa abodoo afono ma kura wo nsam brɛ me. Na ose: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, atode biara nni me nsam, gye asikresam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmobaa abien bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu. Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛ woaka no, nanso kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi ma me kan, na fa brɛ me, na ɛno akyi no yɛ wo ne wo ba de. Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Asikresam kuruwa no so renhuan, na ngo toa no so rentew de bɛkɔ akosi da a AWURADE bɛma osu atɔ agu asase so. Na ɔkɔe kɔyɛe sɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na odii, ɔno ne ɔbea no ne ne fi, nna pii; na asikresam kuruwa no so anhuan na ngo toa no so antew, sɛnea AWURADE nam Elia so kae no. Na nsɛm yi akyi no, ɔbea fiwura no babarima yaree, na ne yare no mu yɛɛ den pii kosii sɛ ahome biara anka no mu. Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ogyee no fii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so. Na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbea kunafo yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusu reba no so sɛ worekum ne ba yi? Na ɔteɛɛ ne mu butuw abofra no so mprɛnsa, na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abofra yi kra nsan mmra no mu. Na AWURADE tiee Elia nne, na abofra no kra san baa no mu, na onyaa nkwa. Na Elia faa abofra no de no sian fii abansoro pia mu baa ɔdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba no anya nkwa. Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w'anom no yɛ nokware. Na nna pii akyi no, afe a ɛto so abiɛsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔ kyerɛ Ahab, na mɛma osu atɔ asase so. Na Elia siim kɔe sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ Ahab. Nso ɔkɔm a emu yɛ den aba Samaria. Na Ahab frɛɛ Obadia a odi ne fi so; nso Obadia de, osuro AWURADE sɛ; na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn. Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kokyini asase no so, nsuaniwa nyinaa ne nsubon nyinaa ho; ebia yebenya wura de agye apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ bi nkwa, na yɛanhwere mmoa no. Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan biako so, na Obadia nko nso faa ɔkwan biako so. Na Obadia wɔ ɔkwan no so no, hwɛ, Elia ne no behyiae, na ohuu no, na ɔde n’anim butuw fam kae sɛ: Me wura Elia ni? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mini. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba. Na ɔkae sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo de, woreyi w’akoa ahyɛ Ahab nsa na wakum me yi? Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman ne ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ wo ɛ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onni hɔ, a, ɔma ahenni no ne ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo ɛ. Na afei, wo ara wuse: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba. Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE. So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no? Na afei, wo de, wuse: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba, na onkum me. Na Elia kae sɛ: Sɛ asafo AWURADE a migyina n’anim te ase yi, ɛyɛ dɛn ara a, nnɛ mede me ho mɛkyerɛ no. Ɛnna Obadia kɔe kohyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔe kohyiaa Elia. Na Ahab huu Elia no, Ahab ka kyerɛɛ no sɛ: So wo a wohaw Israel no ni? Na ose: Menhaw Israel ɛ, na mmom wo ne w’agya fi, sɛ moagyaw AWURADE mmara nsɛm, na woakodi Baalim akyi. Na afei soma kɔboaboa Israel nyinaa ano brɛ me Karmel bepɔw so, ne Baal adiyifo ahanan aduonum no, ne Asera adiyifo ahanan a wodidi Yesebel pon so no. Na Ahab soma kɔɔ Israelfo nyinaa mu kɔboaboaa adiyifo no ano kɔɔ Karmel bepɔw so. Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: Sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ! Na ɔman no ammua no asɛm biara. Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me de, me nko ara mene AWURADE diyifo a waka, na Baal adiyifo de, wosi mmarima ahanan aduonum. Na momma wɔmma yɛn anantwinini abien, na ma wonyi nantwinini no biako mfa, na wontwitwa no asinasin, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya de, wɔmmfa nngu ase. Na me nso, mesiesie nantwinini biako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mingu ase. Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya begye so no, ɔno ne Nyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa! Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no sɛ: Munyi nantwinini biako mfa, na munsiesie no kan; na mo de, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu ase. Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wosiesiei; na wɔbɔɔ Baal din fii anɔpa koduu owigyinae sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so. Na wohuruhuruw twaa afɔremuka a wɔyɛe no ho hyiae. Na owigyinae no Elia yii wɔn ahii, na ɔkae sɛ: Momma mo nne so mfrɛ na onyame ne no! Sesɛɛ ɔredwen, anaasɛ wafi adi kogya n’anan, anaasɛ ɔnam kwan; ebia wada, na wanyan. Na wɔde nne kɛse teɛteɛɛm, na wɔde nkrante ne mpeaw bobɔɔ wɔn ho akam, sɛ wɔn amanne te no, kosii sɛ mogya guu wɔn so. Na owigyinae twaa mu no, wɔkɔmee koduu sɛ ɛrekɔ aduan afɔrebɔ bere; nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so, na obi antie wɔn. Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn me! Na ɔman no nyinaa twiw bɛn no. Na osiesiee AWURADE afɔremuka a abubu no. Na Elia tasee abo dumien sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuw no ano si. Na ɔde abo no sii afɔremuka, AWURADE din mu, na otwaa ɔka a ebedi aba a wogu susuw ade abien, afɔremuka no ho hyiae. Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na otwitwaa nantwinini no asinasin de guu nnyina no so kae sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina anan amaama, na mummehwie ngu ɔhyew afɔre ne nnyina no so! Na ɔkae sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛe bio. Na ɔkae sɛ: Momma ɛnyɛ mprɛnsa! Na wɔma ɛyɛɛ mprɛnsa. Na nsu no fofaa afɔremuka no ho hyiae, na ɔka no nso, ɔhyɛɛ no nsu ma. Na afɔrebɔ bere mu no, odiyifo Elia twiw bae, na ɔkae sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wonhu sɛ wo na wone Nyankopɔn Israel mu na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ ade yi nyinaa. Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, na wo nso woama wɔn koma asan akyiri aba. Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔka no mu no. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn! Na Elia kae sɛ: Monkyere Baal adiyifo no, mommma wɔn mu biara mmfi mu! Na wɔkyekyeree wɔn na Elia de wɔn sian kɔɔ Kison asu ho, na okum wɔn wɔ hɔ. Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kodidi na nom. Na mete osu kɛse nka. Na Ahab foro kɔe sɛ okodidi na wanom. Na Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotow fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkae sɛ: Hwee nni hɔ. Na ose: San kɔ mpɛn asɔn. Na nea ɛto so ason no, ɔkae sɛ: Hwɛ, omununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre afi po mu. Na ose: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie [wo nteaseɛnam] na sian kɔ, na osu ansiw wo kwan. Na ɛyɛɛ kakra na omununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛse tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika dii Ahab anim de koduu sɛ wɔrehyɛn Yesreel. Na Ahab bɛkaa nea Elia yɛe no nyinaa kyerɛɛ ne yere Yesebel, ne sɛnea ɔde nkrante akunkum Baal adiyifo no nyinaa. Na Yesebel somaa ɔbɔfo kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sɛɛ na anyame nyɛ me, na sɛɛ nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sesɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu biako de. Na ohuu saa no, ne nkwa nti ɔsɔre kɔe na okoduu Beer-seba a ɛyɛ Yuda de no, na ogyaw n’abofra no wɔ hɔ. Na ɔno de, ɔnantew sare so da koro kwan na ɔkɔtenaa sisia bi ase, na ɔsrɛe sɛ ne kra nwu. Na ɔkae sɛ: Ɛdɔɔso, afei, AWURADE, fa me kra, na minnye mensen m’agyanom. Na ɔde ne ho too hɔ dae, sisia bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfo bi bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi! Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔfam a wɔato no nnyansramma so ne nsu kuruwa si n’atifi; na odidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae. Na AWURADE bɔfo san bɛkaa no ne mprenu so sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo. Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔde aduan no mu ahoɔden nantewee adaduanan, awia ne anadwo, koduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho. Na oduu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me. Na ɔkae sɛ: Fi adi kogyina bepɔw no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaam, na mframa kɛse a ɛyɛ den paepaee mmepɔw na ebubuu abotan dii AWURADE anim; na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyi no asasewosow; na ɛnyɛ asasewosow no mu na AWURADE wɔ; na asasewosow no akyi no ogya; na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no na mframa a ɛbɔ brɛoo bi nne di. Na Elia tee no, ɔde ne nguguso kataa n’ani, na ofi kogyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, san si wo kwan so kɔ Damasko sare so; na sɛ wudu a, sra Hasael ngo si no Siria so hene; na Nimsi ba Yehu nso, sra no si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ofi Abel-mehola no de, sra no si w’ananmu diyifo. Na nea obefi Hasael nkrante ano no, Yehu bekum no, na nea obefi Yehu nkrante ano no, Elisa bekum no. Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa. Ɛnna ofii hɔ kɔe. Na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛtɛw; anantwi mpamho dumien na edi n’anim, na ɔno ne nea ɛto so dumien na ɛrefuntum; na Elia sen baa ne nkyɛn, na ɔtow ne nguguso guu no so. Na ogyaw anantwi no, na otuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: Ma menkɔkra m’agya ne me na, na mimmedi w’akyi! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ bio, na dɛn na mayɛ wo yi? Na ɔsan fii n’akyi kɔfaa anantwi mpamho no kunkum wɔn, na ɔde anantwi no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfo no, na wodii; na ɔsɔre dii Elia akyi, na ɔsom no. Na Siria hene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahene aduasa abien kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo bae betuaa Samaria ne no koe. Na ɔsomaa abɔfo baa Israel hene Ahab nkyɛn kurow no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad se ni: Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom a wɔn ho yɛ fɛ ne wo mma a woye no nso, wɔyɛ me dea. Na Israel hene buae sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne nea mewɔ nyinaa wɔ wo. Na ɔbɔfo no san bae bio bɛkae sɛ: Sɛ Ben-hadad se ni: Sɛ masoma aba wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no, sɛ ɔkyena sesɛbere mesoma me nkoa ba wo nkyɛn a, wobekyini wo fi ne wo nkoa afi, na ade biara a ɛyɛ w’ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ. Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanyimfo nyinaa sɛ: Monhwɛ nhu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ! Na wasoma aba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no. Na mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso. Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfo no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Nea wubisaa w’akoa kan no nyinaa de, mɛyɛ, na asɛm yi de, mintumi menyɛ. Na abɔfo no kɔe kobuaa no asɛm no. Na Ben-hadad soma baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ Samaria mfutuma so dɔm a wodi m’anammɔn akyi yi nyinaa bɛyɛ obiara nsama a, sɛɛ na anyame nyɛ me, na sɛɛ nso na wɔmfa nka ho! Na Israel hene buae sɛ: Monkɔka sɛ: Mma nea ɔhyɛ akode nnhoahoa ne ho sɛ nea oyi yɛ yi. Na ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahene no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mommae mu! Na wɔbaee mu hyɛɛ kurow no. Na hwɛ, odiyifo bi twiw bɛn Israel hene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So woahu asafokuw kɛse yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahu sɛ mene AWURADE. Na Ahab kae sɛ: Ɛnam hena so? Na ose: Sɛ AWURADE se ni: Ɛnam amankuw no mmapɔmma mmerante no so. Ɛnna ɔkae sɛ: Hena na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ose: Wo! Ɛnna ɔkan amankuw mmapɔmma no mmerante no, na wosi ahanu aduasa abien, na wɔn akyi no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnsɔn. Na wofii adi owigyinae. Na Ben-hadad ne ahene no anom nsa abobow asese no mu, ɔno ne ahene aduasa abien a wɔboa no no. Na amankuw mmapɔmma no mmerante no fii adi kan. Na Ben-hadad somae, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afi adi afi Samaria reba. Na ose: Sɛ ɔmannwoe so na wofii adi a, monkyekyere wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wofii adi a, monkyekyere wɔn animono. Na wɔn de, wofi kurow no mu fii adi, amansin mmapɔmma no mmerante no ne dɔm a wodii wɔn akyi no. Na wokunkum wɔn mmiako mmiako, na Siriafo no guanguanee, na Israel tiw wɔn, na Siria hene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefo fi guanee. Na Israel hene fii adi kunkum apɔnkɔ ne nteaseɛnam no, na ɔde okunkɛse kum Siriafo. Na odiyifo no twiw bɛn Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hu nea wobɛyɛ; na afedan no Siriafo bɛforo aba wo so. Na Siria hene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔw nyame, enti na wɔn ho yɛ den sen yɛn no; na sɛ yɛne wɔn kɔko asasetaw so de a, so anka yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa? Na eyi na yɛ: Tutu ahene no fi wɔn tenabea, na fa amradofo sisi wɔn ananmu. Na wo de, kan dɔm bi fa, sɛ dɔm a woahwere no, ne apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asasetaw so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa? Na otiee wɔn, na ɔyɛɛ saa. Na ɔpɛ bere mfiase no, Ben-hadad kenkan Siriafo dɔm na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko. Na wɔkenkan Israelfo nso, na wosiesiee wɔn ho, na wɔkɔe kohyiaa wɔn. Na Israelfo bɔɔ wɔn ntentenso nsra sɛ mmirekyi akuw nketewa abien. Na Siriafo de, wɔyɛɛ asase no ma. Na Onyankopɔn nipa no twiw bae bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: Mmepɔw nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ abon mu nyame nti, mede asafokuw kɛse yi nyinaa mɛhyɛ wo nsa, na moahu sɛ mene AWURADE. Na wɔbobɔɔ nsra, eyinom wɔ eyinom ntentenso. Na da a ɛto so ason no, wɔde dɔm no kɔbɔɔ anim, na Israelfo no kum Siriafo anammɔnmufo ɔpeha da koro. Na nkae no guanguan kɔɔ Afek kurow no mu, na ɔfasu no buruw guu nnipa a wɔkae no mu ɔpeduonu ason so. Na Ben-hadad de, oguan kɔɔ kurow no mu fi pia mu kɔɔ pia mu. Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fi ahene yɛ ahene a wɔyɛ adɔe. Ma yɛmfa ayitama nkyekyere yɛn asen, na yɛmfa ntampehama mmobɔ yɛn ti, na yemfi nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia obegye wo kra nkwa. Na wɔde ayitama kyekyeree wɔn asen, na wɔde ntampehama bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ose: So ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua. Na mmarima no rehwehwɛ nsɛkyerɛnne, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkae sɛ: Wo nuabarima ne Ben-hadad. Na ose: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad fi baa ne nkyɛn; na ɔma ɔforo baa teaseɛnam no mu. Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkurow a m’agya gyee w’agya nsam no, mɛdan mama, na tew mmorɔn nso Damasko fa, sɛnea m’agya tewee Samaria no. Na Ahab kae sɛ: Me nso, mede apam megya wo kwan. Ɛnna ɔne no pamee, na ogyaa no kwan. Ɛnna ɔbarima bi a ofi adiyifo mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Esiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wufi me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bekum wo. Na ofii ne nkyɛn kɔe no, gyata huu no, na okum no. Na ohuu ɔbarima foforo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no. Ɛnna odiyifo no kɔe kogyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde n’ani akyi abotiri sakraa ne ho. Na ɔhene retwam no, ɔbɔn ɔhene no sɛ: W’akoa fi kɔɔ dɔm no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnne wode wo kra besi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛkari dwetɛ talente biako. Na w’akoa ani abere reyɛ ade bi no, oguanee. Ɛnna Israel hene kae sɛ: Sɛ w’atemmu te ne no, wo ara woabu. Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotiri no fii n’ani akyi, na Israel hene no huu no sɛ ofi adiyifo no mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woama onipa a mahyira no so afi wo nsa akɔ nti, wo kra besi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu. Ɛnna Israel hene no siim kɔɔ ne fi, wakum n’anim na ne bo afuw, na ɔbaa Samaria. Na nsɛm yi akyi no, na Yesreelni Nabot wɔ bobeturo bi Yesreel a ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfi ho. Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobeturo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, efisɛ ɛbɛn me fi ho, na mɛma wo bobeturo a eye sen no mahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛso sika. Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma eyi mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyade mɛma wo. Ɛnna Ahab kɔɔ ne fi, a na wakum n’anim na odi yaw, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti, sɛ osee no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyade memma wo. Na ɔdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi. Na ne yere Yesebel baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wo honhom abotow sɛɛ na wunnidi yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na misee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo mahyɛ ananmu. Na ose: Meremfa me bobeturo no memma wo. Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam na mede Yesreelni Nabot bobeturo no mɛma wo. Ɛnna ɔde Ahab din kyerɛkyerɛw nhoma, na ɔde ne nsɔanode sosɔɔ ano, na ɔsomasomae ma wɔde nhoma no kɔmaa mpanyimfo ne adehye a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te no. Na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Mompae mma wonni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfo no ti. Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufo nnyina n’anim, na wonni no adanse sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfi nkosiw no abo mma onwu. Ɛnna ne kurow no mufo, mpanyimfo ne adehye a wɔte ne kurom no yɛe sɛnea Yesebel kraa wɔn no, sɛnea ɔkyerɛw nhoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no: Ɔpaee sɛ wonni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfo no ti. Na mmarima mmahuhufo baanu bae bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii Nabot adanse ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na woyii no fii kurow no akyi kosiw no abo ma owui. Ɛnna wɔsoma kɔɔ Yesebel nkyɛn sɛ: Wɔasiw Nabot abo, na wawu. Na Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo na wawu no, Ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, efisɛ Nabot nte ase bio, na wawu. Na Ahab tee sɛ Nabot awu no, Ahab sɔree sɛ ɔresian akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so. Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Sɔre sian kohyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasian akɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi so no mu; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Woadi awu, na woafa obi ade adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Faako a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya. Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Mɛpra wo akɔ, na matwa Ahab babarima biara afi Israel mu, akoa anaa ɔdehye. Na mɛyɛ wo fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi ne Ahigya ba Baasa fi, ohuru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne ntia. Na Yesebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bedi Yesebel nam, Yesreelni fasu ho. Ahabni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam. Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, efisɛ ne yere Yesebel hyɛɛ no. Na ɔyɛɛ akyide sɛ, efisɛ odii ahoni huhuw no akyi, sɛnea Amorifo a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim yɛe no ara. Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo. Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: So woahu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim? Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne bere so. Ne ba bere so na mede bɔne no mɛba ne fi so. Na wɔtenaa hɔ mfirihyia abiɛsa a ɔko bi nni Siria ne Israel ntam. Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, Yuda hene Yehosafat sian baa Israel hene nkyɛn. Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: So munnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn de, yɛte hɔ komm na yennye mfi Siria hene nsam? Na ɔka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ. Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ! Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano, ɛbɛyɛ mmarima ahannan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa. Ɛnna Yehosafat kae sɛ: So AWURADE diyifo bi nni ha bio a yebebisa no hɔ ade? Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako bi da so wɔ hɔ a anka yebetumi abisa AWURADE afi ne nkyɛn, nanso metan no, efisɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa. Ɛnna Israel hene frɛɛ ogyaaseni bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnu ha ntɛm! Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhengua so hyehyɛ wɔn ntade, Samaria pon ano mprae so, na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim. Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode besum Siriafo de akosi sɛ wobewie wɔn sɛe. Na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kodi siade, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa. Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nyinaa de nokoro ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako de, na ka nea eye! Na Mikaia kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, nea AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka. Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na obuaa no sɛ: Kɔ na kodi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mpɛn ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokware nko AWURADE din mu? Na ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapete mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo, na AWURADE se: Eyinom nni wura, ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu. Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom bɔne? Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum. Na AWURADE kae sɛ: Hena na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ. Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim kae sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa. Na afei, hwɛ, AWURADE de atoro honhom ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom, na AWURADE akasa wo ho bɔne. Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛnee bɛbɔɔ Mikaia sotɔre kae sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam fii me nkyɛn kɔka kyerɛɛ wo yi? Na Mikaia se: Hwɛ, da a wubefi pia mu akɔ pia mu akohintaw no na wubehu. Ɛnna Israel hene kae sɛ: Kyere Mikaia fa no kɔ kurow no so hwɛfo Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn, na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo. Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie! Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead. Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu. Nso na Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa abien no sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, gye Israel hene no nko. Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Ampa, Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe; na Yehosafat teɛɛm. Na nteaseɛnam so asafohene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsan fii n’akyi. Na ɔbarima bi twee ne ta mu anibiannaso so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa fa me fi dɔm yi mu, na mapira. Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wokura ɔhene no mu ma ogyina teaseɛnam no mu Siriafo no anim ara, na owui anwummere; na apirakuru no mu mogya sen guu teaseɛnam no mu. Na wɔpae faa nsra no mu owiatɔ bere sɛ: Nnipa nyinaa nkokɔ wɔn kurom ne wɔn asase so. Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wosiee ɔhene no Samaria. Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu Samaria ɔtare mu, na akraman bɛtaforoo ne mogya, na mmea nguaman nso guaree hɔ, sɛnea AWURADE aka no. Na Ahab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne asonse dan a osii, ne nkurow a ɔkyekyee nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Ahab wui, na ne ba Ahasia bedii n’ade. Na Israel hene Ahab afe a ɛto so anan so na Asa ba Yehosafat bedii Yuda so hene. Yehosafat bedii hene no, na wadi mfirihyia aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba. Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wamman amfi ho, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyi: Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea hɔ. Na asomdwoe daa Yehosafat ne Israel hene ntam. Na Yehosafat ho nsɛm nkae ne ne mmaninne a ɔyɛe ne sɛnea odii ako no, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na mmarima nguaman nkae a wogyaw wɔn n’agya Asa bere so no, oguu wɔn ase fii asase no so. Na ɔhene bi nni Edom; na n’abediakyiri na ɔhwɛ akyi sɛ hene. Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sika kɔkɔɔ; nanso ankɔ, efisɛ ahyɛn no bobɔe Esion-geber. Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene. Na Yehosafat wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu; na ne ba Yehoram bedii n’ade. Ahab ba Ahasia bedii Israel so hene Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛto so dunsɔn so, na odii Israel so mfe abien. Na ɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so ne ne na kwan so ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so; na ɔsom Baal na ɔsɔree no, na ohuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea n’agya yɛe no ara. Na Ahab wu akyi no, Moab tew Israel so atua. Na Ahasia fii n’abansorodan a ɛwɔ Samaria no mfɛnsere mu hwee ase, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkobisa Ekron nyame Baalsebub sɛ menya yare yi mu nkwa anaa? Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kohyia Samaria hene abɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: So Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade yi? Enti AWURADE se: Mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu! Na Elia kɔe. Ɛnna abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn na moasan aba yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro behyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Enti mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo bae behyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te dɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atade a ɔhyɛ no yɛ aboa nwin, na nhoma abɔso bɔ n’asen. Na ose: Ɛyɛ Tisbini Elia. Na ɔhene somaa aduonum so safohene ne n’aduonum kɔɔ Elia nkyɛn; na wɔforo kɔɔ odiyifo no nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔw no atifi. Na ɔsafohene no ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ: Onyankopɔn nipa, ɔhene se: Sian bra. Na Elia bua ka kyerɛɛ aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na ogya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no. Na ɔhene san somaa aduonum so safohene foforo ne n’aduonum kɔɔ ne nkyɛn. Na okosee Elia sɛ: Onyankopɔn nipa, sɛ ɔhene se ni: Yɛ ntɛm sian bra. Na Elia bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na Onyankopɔn gya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no. Na ɔhene san somaa aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa no foro kɔe, na ɔkɔkotow ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra bo nyɛ den w’ani so. Hwɛ, ogya afi soro aduru abɛhyew kan aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra bo nyɛ den w’ani so. Ɛnna AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo ne no nsian nkɔ, nsuro n’anim. Na ɔsɔree ne no sian kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woasoma abɔfo sɛ wonkobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade, te sɛnea Onyame bi nni Israel a wokobisa no asɛm nti, mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu. Na owui, sɛnea AWURADE maa Elia kae no. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛto so abien so, efisɛ onni ba. Na Ahasia ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, Elia ne Elisa fi Gilgal kɔe. Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wosian kɔɔ Betel. Na adiyifo mma a wɔwɔ Betel no fii adi baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm! Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na woduu Yeriko. Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko no twiw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm! Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yordan ano. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wɔn baanu no kɔe. Na adiyifo mma no mu aduonum kɔe kogyinagyinaa wɔn ntentenso akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano. Na Elia faa ne nguguso bobɔw de bɔɔ nsu no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase kesee so twae. Na wotwae no, Elia ka kyerɛɛ Elisa se: Bisa nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ. Na Elisa sɛ: Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so. Na ɔkae sɛ: Woabisa ade a ɛyɛ den; nanso sɛ wuhu me sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ woanhu me de a, ɛrenyɛ. Na wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ a ɛbɛpaee wɔn baanu no ntam bae, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro. Na Elisa hwɛe na ɔteɛɛm sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo na ɔrekɔ no! Na wanhu no bio. Na osoo n’atade mu suanee mu abien, na ɔmaa Elia nguguso a efii ne ho gui no so, na ɔsan begyinaa Yordan ano. Na ɔde Elia nguguso a efii ne ho gui no bɔɔ nsu no mu kae sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no, wɔ? Na ɔbɔɔ nsu no mu no, ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae. Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko wɔ ne ntentenso no huu no no, wɔkae sɛ: Elia honhom abesi Elisa so. Na wɔbae behyiaa no, na wɔkotow no butuw fam. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima a wɔyɛ nnam aduonum wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sesɛɛ AWURADE honhom ama no so kɔ, de no akɔto mmepɔw no bi so anaa abon no bi mu. Na ose: Monnsoma! Na wɔhyɛɛ no ara ma ɛyɛɛ no ahometew no, ɔkae sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛe nnansa, nanso wɔanhu no. Na wɔsan baa ne nkyɛn, na ɔno de, ɔte Yeriko, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ oo? Na kurow no mufo no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kurow yi dabea yɛ fɛ, sɛnea me wura hu yi; nanso nsu no nye, na asase no ma ɔpɔn. Na ose: Mommrɛ me asanka foforo, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no. Na ofii adi kɔɔ nsuaniwa no ho, na okohwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masa nsu yi yare, owu anaa ɔpɔn bi remfi mu hɔ bio. Na nsu no yɛɛ yiye de besi nnɛ da yi, sɛ Elisa kae no. Na ofii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no so no, mmofra nketewa fii kurow no mu bae begoruu ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Tipae, foro ɛ, tipae, foro ɛ! Ɛnna ɔdan ne ho, ohuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae, bɛkyeree mmofra no mu aduanan abien, tetew wɔn mu. Na ofii hɔ kɔɔ Karmel bepɔw ho, na ofii hɔ nso san baa Samaria. Na Ahab ba Yehoram bedii Israel so hene Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛto so dunwɔtwe so; na odii hene mfe dumien. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso ɛnte sɛ n’agya ne ne na; efisɛ oyii Baal honi a n’agya yɛe no hɔ. Nanso ɔbataa Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho, na wansan amfi ho. Na Moab hene Mesa yɛ nguanhwɛfo, na ɔmaa Israel hene nguanten mma ɔpeha ne adwennini ɔpeha ho nwi. Na Ahab wui no, Moab hene tew Israel hene anim atua. Na Yehoram fii Samaria da no ara, boaboaa Israel nyinaa ano. Na ɔkɔe, na ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: Moab hene atew m’anim atua, na wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa? Na ose: Mɛkɔ, mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ. Na ɔkae sɛ: Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akɔ? Na ose: Edom sare so kwan no. Ɛnna Israel hene ne Yuda hene ne Edom hene siim kɔe; na wokyinii nnansɔn kwan, na nsu nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wodi wɔn akyi. Na Israel hene kae sɛ: Ao, sɛ AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa! Na Yehosafat se: So AWURADE diyifo bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu biako buae sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ohwiee nsu guu Elia nsa so no wɔ. Na Yehosafat kae sɛ: AWURADE asɛm wɔ ne nkyɛn. Ɛnna Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene sian kɔɔ ne nkyɛn. Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifo ne wo na adiyifo no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa. Na Elisa se: Sɛ asafo AWURADE a migyina n’anim te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat anim na mehwɛ a, anka merenhwɛ wo na merenhu wo. Na afei momfa ɔsankubɔfo mmrɛ me. Na ɔsankubɔfo no rebɔ no, AWURADE nsa baa no so, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mɛma nsu abɛhyɛ abon a emu awo yi mu ma. Na sɛ AWURADE se ni: Morenhu mframa na morenhu osu, nanso nsu bɛyɛ obon yi ma; na moanom, mo ne mo anantwikuw ne mo mmoa. Na eyi nso yɛ mmerɛw AWURADE ani so, na obeyi Moab nso ahyɛ mo nsa. Na mobɛbobɔ afasu mu nkurow nyinaa ne nkurow a ɛyɛ fɛ nyinaa, na moatotow nnua pa nyinaa, na moasisiw nsuaniwa nyinaa, na mode abo asɛe mfuw pa nyinaa. Na anɔpa a wɔrebɔ aduan afɔre no, hwɛ, nsu fii Edom kwan so bae, na nsu no yɛɛ asase no ma. Na Moabfo nyinaa tee sɛ ahene no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wobetumi amia amiade nyinaa efi mmofra so kosii mpanyimfo so ne wɔn hyiae, na wobegyinaa ɔhye so. Na wɔsɔree anɔpatutu na owia repue nsu no so no, Moabfo huu nsu no agya noho sɛ ɛbere sɛ mogya; na wɔkae sɛ: Mogya ni! Ahene no ne wɔn ho adi nnɔmmata akunkum wɔn ho, na afei, Moabfo, monkɔ asade ho. Na wɔbaa Israel nsra ho no, Israel sɔre kunkum Moabfo, na woguanee wɔn anim, na wɔkɔɔ mu kokunkum Moabfo. Na nkurow no, woburuwii, na mfuw pa nyinaa, wɔtotow abo mmiako mmiako guguu so kosii sɛ ɛso katae, na wosisiw nsuaniwa nyinaa, na wɔtotow nnua pa nyinaa; gye Kir-hareset na wogyaw n’abo, na ataabotowfo kotwaa ho hyiae bɔɔ no. Na Moab hene hui sɛ dɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahansɔn a wɔtwe nkrante kaa ne ho sɛ ɔretew mu akɔ Edom hene ho, nanso wɔantumi. Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka obesi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyew afɔre ɔfasu no so. Na abufuw kɛse baa Israel mu, na wofii ne ho san baa wɔn asase so. Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa. Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na menyɛ memma wo? Kyerɛ me ɛ, dɛn na wowɔ ofie? Na ose: W’afenaa nni hwee ofie gyee ngohina biako pɛ. Na ɔkae sɛ: Fi adi kɔfemfɛm nhina wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma ɛnnɔɔso. Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pon mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa nea ayɛ ma no sisi nkyɛn. Na ofii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pon mu; wɔn de, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu. Na nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa nhina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nhina bi nni hɔ bio; na ngo no twae. Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no. Na Onyankopɔn nipa kae sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni nea aka no ntena ase. Na da bi Elisa sen kɔɔ Sunem. Na ɔbea ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no sɛ ommedidi. Enti daa ɔretwam a, ɔman hɔ kodidi. Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsen yɛn nkyɛn daa yi; ma yɛnyɛ abansoro fasu mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua ne ɔpon ne agua ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, waman akɔ hɔ. Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔman kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na obegyinaa n’anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa ahaw wo ho ama yɛn. Dɛn na yɛnyɛ mma wo? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ose: Me de, mete me nkurɔfo mu. Na ɔkae sɛ: Na dɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi se: Ampa, onni ba, na ne kunu nso anyin. Na ɔkae sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na obegyinaa ɔpon ano. Na ɔkae sɛ: Afedan sesɛɛ bere yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ose: Nyɛ sa, me wura, Onyankopɔn nipa, nni atoro nkyerɛ w’afenaa. Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afedan no mu, bere a Elisa ka kyerɛɛ no no mu. Na abofra no nyinii. Na da bi ofii adi kɔɔ n’agya nkyɛn awitwafo nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na ɔka kyerɛɛ aberante bi sɛ: Ma no so kɔma ne na. Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne nankoroma so kosii owigyinae, na owui. Na ɔforo de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɔpon no mu na ofii adi. Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmerante no mu biako ne mfurum abere no mu biako brɛ me, na mintutu mmirika menkɔ Onyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra. Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsram foforo, na ɛnyɛ homeda. Na ose: Ɛwom. Na ɔhyehyɛɛ afurummere no, na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ka no kɔ ntɛm ara, ngow ammirikatu mu mma me, gye sɛ meka mekyerɛ wo. Na osiim, na obeduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔw so. Na Onyankopɔn nipa no huu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no ni. Afei tu mmirika kohyia no, na bisa no se: Wo ho ye anaa? Wo kunu ho ye anaa? Abofra no ho ye anaa? Na ose: Wɔn ho ye. Na oduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔw no so no, obesusoo ne nan; na Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no. Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu, na AWURADE de ahintaw me, na wanka ankyerɛ me. Na ɔbea no kae sɛ: So mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? So manka sɛ: Nnaadaa me! Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ wo ho so, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyia no, nso obi kyia wo a, nnye no so: Na fa me poma no kɔto abofra no anim. Na abofra no na kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo! Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi. Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abofra no anim; nanso wante ɛnne bi, na wanhu nkwa ho sɛnkyerɛnne bi. Na ɔsan kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abofra no nnyanee ɛ. Na Elisa duu ofie hɔ no, na hwɛ, abofra no awu da ne mpa so. Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae. Na ɔforo kobutuw abofra no so, na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abofra no so, na abofra no honam yɛɛ hyew. Ɛnna ɔsan bae bɛnantew ɔdan no mu dii hɔ akɔneaba, na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ no so. Ɛnna abofra no nwansii mpɛn asɔn, na abofra no buee n’aniwa. Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Fa wo ba no! Ɛnna ɔbae bɛhwee ne nan ase kotow no butuw fam, na ɔfaa ne ba no fii adi. Na Elisa san baa Gilgal. Na ɔkɔm aba asase no so, na adiyifo mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Fa ɔsɛnkɛse si so noa aduan ma adiyifo mma no. Na obiako fi kɔɔ wuram sɛ ɔkɔtetew fan, na okohuu wuram hama bi, na ɔtetew so wuram ɛfere ne ntama ma, na ɔba betwitwaa mu guu ɔsɛn a aduan wɔ mu no mu; nso na wonnim. Ɛnna wohwie maa nnipa no sɛ wonni. Na wɔredi aduan no bi no, wɔteɛɛm sɛ: Awuduru wɔ ɔsɛn no mu, Onyankopɔn nipa! Na wontumi nni. Na ɔkae sɛ: Ɛnne momfa osiam mmra. Na ɔde guu ɔsɛn no mu, na ɔkae sɛ: Hwie ma nkurɔfo no na wonni. Na biribi bɔne bi nni ɔsɛn no mu bio. Na ɔbarima bi nso fi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Onyankopɔn nipa no aba a edi kan, abodoo, atoko abodoo aduonu ne awi foforo a wonhuanee ɛ. Na ɔkae sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni. Na ne somfo no se: Ɛdɛn? Memfa eyi minsi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkae bio sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni. Na sɛ AWURADE se ni: Wobedi na wɔagyaw bi. Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wodii, na wogyaw bi, sɛnea Awurade kae no. Na Siria hene sahene Naaman yɛ onipa kɛse ne wura anim, na ɔwɔ anuonyam, efisɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a otumi, nso ɔyare kwata. Nso na da bi Siria asafo bi, afi adi kɔ, nam ɔhyɛ so akɔfa Israel asase so abaawa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere. Na abaawa no ka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnne anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no. Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaawa a ofi Israel asase so no ka. Na Siria hene no kae sɛ: Kɔ na bra, na mɛkyerɛw Israel hene no nhoma. Na osiim kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛse du ne sika nnwetɛbona mpemnsia ne ntade nsakraho du kurae. Na ɔde nhoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nhoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no. Na Israel hene kan nhoma no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: So Onyankopɔn ne me na mekum na mama nkwa, sɛ oyi resoma aba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhu sɛ asɛm na ɔrepɛ me. Na Onyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntade mu no, ɔsoma kɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Ɛdɛn nti na woasunsuane wo ntade mu? Ma ɔmmra me nkyɛn ɛ, na onhu sɛ odiyifo wɔ Israel. Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba begyinaa Elisa fi pon ano. Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na koguare mpɛn ason Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho, na wo ho afi. Ɛnna Naaman bo fuwii, osiim kɔe kae sɛ: Hwɛ, misusuwii sɛ: Ofi na obefi aba abegyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no. So Damasko nsubɔnten Abana ne Farpar nye nsen Israel nsu nyinaa? So anka merenguare mu na me ho mfi anaa? Na ɔdan ne ho de abufuw sii mu. Na ne nkoa twiw bɛnee bɛka kyerɛɛ no sɛ: Agya, sɛ ade kɛse bi na odiyifo no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na menne sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Koguare na wo ho mfi! Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn asɔn, sɛnea Onyankopɔn nipa no asɛm no te; na ne honam san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii. Na ɔsan baa Onyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na wɔba begyinaa n’anim kae sɛ: Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn bi nni asase nyinaa so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛde yi w’akoa nsam. Na Onyankopɔn nnipa no se: Sɛ AWURADE a migyina n’anim te ase yi, merennye hwee. Na Naaman hyɛɛ no sɛ onnye, nso wampene. Na Naaman kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔte a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko. Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura rekɔ Rimon fi akɔsɔre hɔ, na otweri me nsa so, na mekotow Rimon fi. Sɛ mekotow Rimon fi a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Na osiim fii ne nkyɛn kɔɔ ɔkwantiaa bi. Na Onyankopɔn nipa Elisa abofra Gehasi kae sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye nea ɔde bae no ne nsam; sɛ AWURADE te ase yi, metu mmirika matiw no makogye no hɔ biribi. Na Gehasi tiw Naaman. Na Naaman hui sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ofii teaseɛnam no mu sii fam behyiaa no kae sɛ: Asomdwoe mu anaa? Na Gehasi se: Asomdwoe mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, mprempren yi mmerante baanu a wofi adiyifo mma no mu fi Efraim bepɔw so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente biako ne ntade nsakraho abien. Na Naaman kae sɛ: Pene so na gye talente abien. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree talente abien no mmoaa abien ne ntade nsakraho abien no, na ɔde soaa ne mmerante no mu baanu, na wɔsoa dii n’anim. Na oduu koko no ho no, Gehasi gye fii wɔn nsam, na ɔde maa asie ofie, na ogyaa mmarima no kwan ma wɔkɔe. Na ɔno de, ɔbae begyinaa ne wura ho. Na Elisa kae sɛ: Gehasi, ɛhe na wufi? Na ose: W’akoa nkɔɔ baabi ɛ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me koma ne wo ankɔ bere a ɔbarima no dan ne ho fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no? So bere a wogye dwetɛ na wogye ntade ne ngo nnua ne bobe nturo ne nguan ne anantwi ne nkoa ne mfanaa ni? Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefo ho daa. Na ofii n’anim fii adi, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛma. Na adiyifo mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛte yi yɛ hihiaa papa ma yɛn. Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfofa mpuran mmiako mmiako mfi hɔ, na yensiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ose: Monkɔ ɛ! Na obiako kae sɛ: Pene so na wo ne wo nkoa nkɔ. Na ose: Me nso mɛkɔ. Na ɔne wɔn siim kɔe. Na woduu Yordan ano no, wɔtotow nnua no. Na obiako retow mpuran no, akumaa dade no fi tɔɔ nsu mu; na ɔteɛɛm sɛ: Ao, me wura! Na wɔkɔfɛmee po! Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Ɛhe na ɛtɔe? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na otwaa dua bi too hɔ, na dade no bɛtɛn ani. Na ɔkae sɛ: Ma so fa! Na ɔteɛɛ ne nsa fae. Na Siria hene ne Israel bedii dɔm; na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: Ɛha ne ha na mɛbɔ me nsra. Na Onyankopɔn nipa no soma kɔɔ Israel hene nkyɛn sɛ: Hwɛ yiye, na woamfa ha, efisɛ ɛhɔ na Siriafo nam reba. Na Israel hene soma kɔɔ faako a Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na otuu no ho fo no, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ pɛnkoro na ɛnyɛ mprenu nko. Ɛnna Siria hene koma peree no asɛm yi ho; na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So morenkyerɛ me yɛn mu nea ɔwɔ Israel hene afa? Na ne nkoa no mu biako kae sɛ: Me wura ɔhene, ɛnte sa, na mmom odiyifo Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka wo dabekyiri no kyerɛ Israel hene. Na ose: Monkɔ nkɔsra nea ɔwɔ, na mensoma mma wɔnkɔfa no mmra. Na wɔkyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Dotan. Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛse kɔɔ hɔ, na wodui anadwo, na wobetwaa kurow no ho hyiae. Na Onyankopɔn nipa no somfo tuaa ahema sɛ ɔresɔre afi adi no, na hwɛ, dɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia. Na n’abofra no ka kyerɛɛ, no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn? Na ose: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no. Na Elisa bɔɔ mpae sɛ: AWURADE, bue n’ani na onhu. Na AWURADE buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia. Ɛnna wosian baa ne nkyɛn; na Elisa bɔɔ AWURADE mpae sɛ: Mesrɛ wo, fa anifurae bɔ dɔm yi! Na ɔde anifurae bɔɔ wɔn, sɛ Elisa kae no. Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan ni, na ɛnyɛ kurow no ni, munni m’akyi, na memfa mo menkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria. Na woduu Samaria no, Elisa kae sɛ: AWURADE, bue eyinom aniwa, na wohui, na hwɛ, wɔwɔ Samaria mfinimfini. Na Israel hene huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ: Agya, so memmobɔ wɔn anaa? Na ose: Mmobɔ wɔn. Nea wode wo nkrante ne wo ta afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduan ne nsu sisi wɔn anim na wonni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn. Na ɔtow pon kɛse maa wɔn; na wodidii na wɔnomee no, ogyaa wɔn kwan, na wosiim kɔɔ wɔn wura nkyɛn. Na Siria afowfo asafo no antoa so amma Israel asase so bio. Na ɛno akyi no, Siria hene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba betuaa Samaria. Na ɔkɔm kɛse baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kosii sɛ wɔtɔn afurum ti gyee nnwetɛbona aduɔwɔtwe, na mmorɔnoma bin abupɛn anan mu biako gyee nnwetɛbona anum. Na Israel hene retwam ɔfasu so no, ɔbea bi bɔn no sɛ: Owura ɔhene, boa me! Na ose: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mefi he na maboa wo? Emfi awiporowbea anaa nsa-kyi-amoa mu? Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na ɛyɛ wo? Na ose: Ɔbea yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yenni no nnɛ, na yɛadi me ba ɔkyena. Na yɛnoaa me ba no dii; na ade kyee no, meka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no bra ma yenni ɛ! Nanso ɔde ne ba no asie. Na ɔhene tee ɔbea no nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu; na ɔretwam ɔfasu no so no, nkurɔfo no hwɛe, na hwɛ, ofura atweatam wɔ ase de akata ne honam ani. Ɛnna ɔkae sɛ: Sɛ Safat ba Elisa ti toa no so nnɛ adesae a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnto so sɛɛ! Nso na Elisa te ne fi, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfo no nnya nnuu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Sɛ muhu sɛ owudifo ba yi asoma sɛ wɔmmɛfa me ti? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfo no ba a, monto pon mu, na mumpia no nkɔ ɔpon ano; so ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na edi n’akyi yi? Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfo no resian aba ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Hwɛ, bɔne yi fi AWURADE nkyɛn, dɛn na mentwɛn AWURADE minnye bio? Ɛnna Elisa kae sɛ: Muntie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE se ni: Ɔkyena sesɛɛ awisam susuw ade biako bedi dwetɛbona, na atoko susuw ade abien bedi dwetɛbona, Samaria kurow pon ano. Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi. Na mmarima akwatafo baanan wɔ kurow no pon ano, na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn na yɛtete ha kosi sɛ yebewuwu? Sɛ yese: Yɛbɛhyɛn kurow no mu a, ɛnne ɔkɔm wɔ kurow no mu na yebewuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yebewuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwe Siriafo nsra no mu: Sɛ wogye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wokum yɛn nso a, yɛawu! Na wɔsɔree anadwofa fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafo nsram. Na woduu Siriafo nsra no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ. Na Awurade ama Siriafo dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛse nka, na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akogye Hetifo ahene ne Misraim ahene dɔm ahyɛ yɛn sɛ wɔmmra yɛn so. Enti anadwofa fɔmm wɔasɔre aguan, na wɔagyigyaw wɔn ntamadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfurum ne nsra no sɛnea ɛte no, na wɔn nkwa nti wɔaguan. Na akwatafo no duu nsra no ano no, wɔkɔɔ ntamadan biako mu kodidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntama fii hɔ kɔe de kohintawee, na wɔsan bae bɛhyɛn ntamadan foforo mu, na wɔfaa hɔ ade nso, na wɔkɔe de kosiei. Ɛnna wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Nea yɛreyɛ yi nye, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn de, yɛayɛ komm; na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, asotwe bi bɛto yɛn; enti momma yɛnkɔ ahemfi nkɔka! Na wɔba bɛfrɛɛ kurow no apon ano hwɛfo, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafo nsram, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ, gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfurum a wɔasesa wɔn ne ntamadan no. Na ɔpon ano hwɛfo no frɛ ma wɔkɔkae ahemfi. Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo nea Siriafo ayɛ yɛn yi: Wonim sɛ ɔkɔm de yɛn, enti na wɔafi nsram hɔ kɔ sɛ wokohintaw wuram se: Sɛ wofi kurow no mu ba a, yɛakyekyere wɔn animono, na yɛakɔhyɛn kurow no mu. Na ne nkoa no mu biako buae sɛ: Ɛnne ma wɔmfa apɔnkɔ nkae a wɔaka kurom ha no mu anum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodow a wɔaka mu no, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodow a wɔahyew no: Na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ. Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam abien na ɔhene somaa wɔn dii Siriafo dɔm no akyi sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ! Na wodii wɔn akyi koduu Yordan ano, na hwɛ, ntade ne nneɛmanneɛma a Siriafo atotow agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfo no san ba bɛka kyerɛɛ ɔhene. Ɛnna nkurɔfo no fii adi kɔfow Siriafo nsra no. Na ɛmo susuw ade biako dii dwetɛbona, na atoko susuw ade abien nso dii dwetɛbona, sɛnea AWURADE kae no. Na ɔhene yii okunini a otweri ne nsa so no sɛ ɔnhwɛ ɔpon ano; na nkurɔfo no tiatiaa no so ɔpon no mu, na owui, sɛnea Onyankopɔn nipa no kae, bere a ɔhene sian baa ne nkyɛn no. Na ɛbaa mu sɛnea Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atoko susuw ade bedi dwetɛbona, na awisam susuw ade biako nso bedi dwetɛbona ɔkyena sesɛɛ, Samaria kurow pon ano. Na ɔsafohene no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so ɛbɛba saa anaa? Na ose: Hwɛ, wo de, wode w’aniwa behu, nanso worenni bi. Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfo no tiatiaa no kurow pon no mu, na owui. Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba ma onyaa nkwa no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fi, na kɔyɛ ɔhɔho baabiara a wubetumi, na AWURADE ama ɔkɔm, aba asase yi so na ɛbɛtena so mfe asɔn. Na ɔbea no sɔree yɛɛ sɛ Onyankopɔn nipa no kae no, na ɔne ne fifo siim kɔe kɔyɛɛ ahɔho Filistifo asase so mfe asɔn. Na mfe ason no awiei no, ɔbea no san fii Filistifo asase so bae, na ofii adi kosu hyɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fi ne n’asase. Nso na ɔhene ne Onyankopɔn nipa no abofra Gehasi rekasa sɛ: Ka me nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no ɛ! Na ɔreka ɔhene sɛnea onyan awufo no, hwɛ, ɔbea a onyan ne ba ma onyaa nkwa no besu hyɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fi ne n’asase. Na Gehasi kae sɛ: Me wura ɔhene, ɔbea no ni, nea ne ba a Elisa ma onyaa nkwa no ni. Na ɔhene bisaa ɔbea no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Dan nea ɛyɛ ne de nyinaa ne afuw no aba nyinaa fi da a ogyaw asase yi de besi sesɛɛ ma no. Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siria hene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa no aba ha. Na ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael sɛ: Fa ayɛyɛde kura, na kɔ kohyia Onyankopɔn nipa no, na kobisa AWURADE ade, ne hɔ, sɛ: So menya ɔyare yi mu nkwa anaa? Na Hasael ba behyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛde kurae, ɛyɛ Damasko nneɛma pa nyinaa bi, yoma aduanan na ɛsosoe. Na ɔba begyinaa n’anim sɛ: Wo ba Ben-hadad, Siria hene, na ɔsomaa me wo nkyɛn sɛ: So menya ɔyare yi mu nkwa anaa? Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa de, wubenya, nanso AWURADE akyerɛ me sɛ obewu ara. Na ogyen n’ani hwɛɛ no dinn kosii sɛ n’ani bui, na Onyankopɔn nipa no sui. Na Hasael kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura resu? Na ose: Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wɔn nkurow a ɛyɛ den no wobɛtoto mu gya, na wode nkrante bekunkum wɔn mmerante, na woatetew wɔn nkokoaa ahwehwe fam, na woapaapae wɔn apemfo mu. Na Hasael kae sɛ: Hena ne w’akoa ɔkraman yi a ɔbɛyɛ ade kɛse yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu sɛ wo na wubedi Siria so hene. Na ofii Elisa nkyɛn kɔ koduu ne wura nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo? Na ose: Ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wo ho bɛyɛ wo den. Na ade kyee no, ɔfaa mmuatama no bɔɔ nsu mu de kataa n’anim, na owui. Na Hasael bedii n’ade. Na Israel hene Ahab ba Yoram afe a ɛto so anum so, bere a Yehosafat dii Yuda hene no, na Yuda hene Yehosafat ba Yehoram bedii hene. Odii mfirihyia aduasa abien na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem. Na ɔfaa Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe; efisɛ ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛnea ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛma ɔno ne ne mma kanea nna nyinaa no. Ne bere so na Edom tew atua fii Yuda nsa ase, na wokosii wɔn so hene. Na Yoram twaam kɔɔ Sair a ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfo no guan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. Na Edom tew atua fii Yuda nsa ase de besi nnɛ. Ɛnna Libna nso tew atua bere no ara mu. Na Yoram ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yoram wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho Dawid kurow mu; na ne ba Ahasia bedii n’ade. Israel hene Ahab ba Yoram afe a ɛto so dumien so na Yuda hene Yehoram ba Ahasia bedii hene. Ahasia dii mfe aduonu abien na obedii hene no, na odii hene afe biako Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Israel hene Omri ba. Na ɔfaa Ahab fi kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fi, efisɛ Ahab sew ne no. Na ɔne Ahab ba Yoram kɔe ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo piraa Yoram. Na ɔhene Yoram san baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa opira a Siriafo piraa no Rama, bere a ɔne Siria hene Hasael reko no. Na Yuda hene Yehoram ba Ahasia san kɔe sɛ ɔkɔhwɛ Ahab ba Yoram Yesreel, efisɛ ɔyare. Na odiyifo Elisa frɛɛ adiyifo mma no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ wo ho so, na fa ngo toa yi kura, na kɔ Ramot-gilead. Na sɛ wudu hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu fi, na kɔ mu, na ma ɔnsɔre mfi ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyiri pia mu, na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masra wo masi Israel so hene. Na hiɛ ɔpon no na guan, na nnyina. Ɛnna aberante a ɔyɛ odiyifo aberante no siim kɔɔ Ramot-gilead. Na odui no, na hwɛ, dɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkae sɛ: Mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo, ɔsafohene. Na Yehu se: Wode yɛn nyinaa mu hena? Na ose: Mede wo, ɔsafohene. Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɔdan no mu, na ohwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene; na wobɛbɔ wo wura Ahab fi, na matɔ me nkoa adiyifo no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Yesebel nsam; na Ahab fi nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara afi Israel mu akyene, sɛ ɔyɛ akoa, anaa ɔdehye. Na mɛyɛ Ahab fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi ne Ahia ba Basa fi. Na akraman bedi Yesebel nam, Yesreel asase so, na obi nni hɔ a obesie no. Na ohiɛɛ ɔpon no guanee. Na Yehu fii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Eye anaa? Ɛdɛn nti na ɔbɔdamfo yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim ɔbarima no ne ne nsɛnkekae. Na wose: Atoro! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ose: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masra wo masi wo Israel so hene. Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntama de hyehyɛɛ n’ase atrapoe no ara so, na wɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yehu adi hene! Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn Ramot-gilead, Siria hene Hasael nti; na ɔhene Yoram de, na wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, Siriafo piraa no no. Na Yehu kae sɛ: Sɛ ɛwɔ mo ti mu saa a, ɛnne mommma obi mmfi adi nnguan mmfi kurow yi mu nnkɔka wɔ Yesreel. Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel; na ɛhɔ na Yoram da, na Yuda hene Ahasia asan aba sɛ ɔbɛhwɛ Yoram. Na ɔwɛmfo gyina Yesreel abantenten so; na ohuu Yehu asafokuw no sɛ wɔreba, na ɔkae sɛ: Mihu asafokuw bi. Na Yoram se: Frɛ ɔpɔnkɔsotefo soma no ma onkohyia wɔn, na ɔnka sɛ: Asomdwoe so anaa? Na ɔpɔnkɔsotefo bi ka kohyiaa no, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsen kɔ m’akyi! Na ɔwɛmfo no kaa sɛ: Ɔbɔfo no adu wɔn nkyɛn, nso ɔnsan mma. Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefo a oto so abien, na okoduu wɔn nkyɛn no, ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsɛn kɔ m’akyi! Na ɔwɛmfo no kae sɛ: Wadu wɔn nkyɛn, nso ɔnsan mma. Na [teaseɛnam no] ka no te sɛ Nimsi ba Yehu de, na ɔka no dennen pa ara. Ɛnna Yoram kae sɛ: Munsiesie teaseɛnam no! Na wosiesiei. Na Israel hene Yoram ne Yuda hene Ahasia fii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wofi kohyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so. Na Yoram huu Yehu no, ɔkae sɛ: Yehu, asomdwoe so anaa? Na ose: Asomdwoe bɛyɛ dɛn aba, bere a wo na Yesebel aguamammɔ ne n’abayigoru bebree no rekɔ so yi? Ɛnna Yoram dan ne ho guanee, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm ni, Ahasia! Na Yehu de ne nsa soo bɛmma mu tow bɔɔ Yoram abasa ntam, na agyan no hwirew ne koma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so tow no kyene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyi no, AWURADE de atemmusɛm yi too no so sɛ: Ampa ara, mihuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnɛra! AWURADE na ose: Na metua wo ɛso ka, asase yi so, AWURADE na ose. Na afei ma no so tow no kyene asase yi so, sɛ AWURADE asɛm no te no. Na Yuda hene Ahasia hui no, ɔfaa turom dan kwan so guanee. Na Yehu tiw no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoe a ɛwɔ Yibleam ho no; na oguan kɔɔ Megido, na okowuu wɔ hɔ. Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wosiee no n’asiei kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu. Na Ahab ba Yoram afe a ɛto so dubiako so na Ahasia bedii Yuda so hene. Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Yesebel tee no, ɔkekaa n’aniwa ho adubiri na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mfɛnsere mu. Na Yehu duu ɔpon no ano no, ɔkae sɛ: So ɛyɛ asomdwoe, Simri a okum ne wura? Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mfɛnsere no, na ɔkae sɛ: Hena na ɔwɔ m’afa, hena? Ɛnna pia mufo baanu anaa baasa buu wɔn ani kyerɛɛ no. Na ɔkae sɛ: Montow no nhwe fam! Ɛnna wɔtow no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasu ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde ne teaseɛnam faa no so. Na ɔhyɛn mu; na odidii na ɔnomee no, ɔkae sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbea a wɔadome no no, na munsie no, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea. Na wɔkɔe sɛ wokosie no, nanso wɔanhu ne ho biribi gye ne tikora ne ne nan ne ne nsayam. Na wɔsan bɛka kyerɛɛ no; na ɔkae sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kae no ni sɛ: Yesreel asase so na akraman bedi Yesebel nam, na Yesebel funu bɛpete ayɛ sɛ agyanan wɔ, Yesreel asase so, na obiara renhu mpo nka sɛ: Yesebel ni! Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson Samaria. Na enti Yehu kyerɛkyerɛw nhoma na ɔsomaa ma wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanyimfo ne Ahab mma gyigyefo no sɛ: Sɛ nhoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne ɔfasu mu kurow ne akode nso wɔ mo nkyɛn yi: Monhwehwɛ mo wura mma no mu nea oye ne nea ɔteɛ, na momfa no ntena n’agya agua so, na monko mma mo wura fi. Na wosuroe pa ara kae sɛ: Hwɛ, ahene baanu no annyina n’anim, na yɛn de, yebegyina dɛn? Na nea odi ofi no so ne nea odi kurow no so no, mpanyimfo ne mma gyigyefo no soma kɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na nea wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ nea wopɛ. Ɛnna ɔkyerɛw wɔn nhoma a ɛto so abien sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobetie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no, ti mmra me nkyɛn ɔkyena sesɛɛ Yesreel. Nso ɔhene mma no si mmarima aduɔsn; kurow no mu nnipa akɛse no nkyɛn na wɔyɛn wɔn. Na nhoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkum nnipa aduɔsɔn no, na wɔde wɔn ti guguu nkyerɛnkyɛ mu, na wɔsoma ma wɔde kɔmaa no Yesreel. Na ɔbɔfo no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no ti no aba. Na ose: Monhɔre no akuw abien ɔpon no ano nkosi anɔpa. Na anɔpa no, ofii adi kogyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Mudi bem, hwɛ, me na mepam me wura ti so na mikum no; na hena na okunkum eyinom nyinaa? Munhu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkae Ahab fi ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ nea ɔnam n’akoa Elia so kae no. Na Yehu kum Ahab fi nnipa a wɔkae nyinaa Yesreel, ne ne nnipa akɛse ne n’amannifo ne n’asɔfo nyinaa kosii sɛ wannyaw no obiara amma wamfi mu. Na ɔsɔre siim kɔɔ Samaria; na ɔwɔ nguanhwɛfo dan a wɔsesa mu nguan no ho, ɔkwan mu no, Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia ne nuanom, na ɔkae sɛ: Henanom ne mo? Na wose: Ahasia ne nuanom ne yɛn, na yɛresan akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmea mma no sɛ wɔn ho te dɛn. Na ɔkaa sɛ: Monkyere wɔn anikan! Na wɔkyekyeree wɔn anikan, na wokunkum wɔn nguansesa dan no ho amoa no ho, nnipa aduanan abien, na wannyaw wɔn mu biara. Na ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abehyia no; na okyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: So wodɔ me sɛ medɔ wo yi? Na Yehonadab se: Ɛte sa! Na Yehu se: Sɛ ɛte saa a, so me nsam ɛ! Na osoo mu; na ɔma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu. Na ɔkae sɛ: Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam no mu. Na oduu Samaria no, okum nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kosii sɛ ɔsɛee wɔn, sɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no. Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab som Baal kakraa bi, Yehu de, ɔbɛsom no bebree. Na afei, Baal adiyifo nyinaa, ne n’asomfo nyinaa ne n’asɔfo nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔre kɛse mebɔ mema Baal; obiara a ɔbɛka no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no anitew mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfo. Na Yehu kae sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee. Na Yehu soma kokyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, anka obiara. Na wɔbaa Baal fi, na Baal fi yɛɛ ma fi ano kɔpem ano. Na ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ ntade dan so no sɛ: Yiyi ntade brɛ Baal nkoa no nyinaa. Na okoyii ntade no de brɛɛ wɔn. Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fi, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompɛɛpɛe mu nhu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko. Na wɔkɔɔ mu sɛ wɔrekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adiwo sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara fi mu kɔ a, nea ɔma ɔkɔe no kra besi ne kra ananmu. Na owiee ɔhyew afɔre no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo ne akunini no sɛ: Monkɔ nkokunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na ammirikatufo ne akunini no de nkrante kunkum wɔn totow wɔn gui. Na wɔkɔɔ Baal fi ban no mu, na woyii Baal fi adum abien no, na wɔhyewee; na woburuw Baal dum no gui, na woburuw Baal fi no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de besi nnɛ. Sɛɛ na Yehu sɛee Baal fii Israel. Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi de, Yehu amfi, ɛne sika nantwi mma a ɛwɔ Betel ne Dan no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Esiane sɛ woayɛ yiye, sɛ woayɛ nea ɛteɛ m’ani so, na woayɛ Ahab fi sɛnea ɛwɔ me koma mu nyinaa nti: Wo mma a wɔbɛto so anan no bɛtena Israel agua so. Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so: Wamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Nna no mu na AWURADE fii ase twitwaa Israel so, na Hasael kunkum wɔn Israel ahye nyinaa so, efi Yordan owiapuei, Gilead asase nyinaa, Gadfo ne Rubenfo ne Manasefo de, fi Aroer a ɛwɔ Arnon subon ano, ne Gilead ne Basan. Na Yehu ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yehu wui, na wosiee no Samaria; na ne ba Yehoahas bedii n’ade. Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no si mfirihyia aduonu awotwe. Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba awu no, ɔsɔree na okunkum ahenni no asefo nyinaa. Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no. Na ɔne no hintaw AWURADE fi mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmaa. Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfaa Karifo ne ammirikatufo no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fi, na ɔne wɔn pamee, na ɔma wɔkekaa ntam AWURADE fi, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Ade a monyɛ ni: Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu biako mmra mo dibea homeda, na mommɛwɛn ɔhene fi, na nkyɛmu biako ntena Sur pon ano, na nkyɛmu biako nso ntena ammirikatufo akyi pon no ano; na monwɛn ofi no mmɔ ho ban. Na mo mu asafokuw abien, wɔn a wofi wɔn dibea so homeda no nyinaa nwɛn AWURADE fi no, ɔhene ho. Na muntwa ɔhene no ho nhyia, munkurakura mo akode; na nea ɔbɛba nkyerɛpɛn no mu no, wonkum no; na montena ɔhene ho, n’adifi ne ne muba mu. Na asafohene no yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa, na wɔfofaa wɔn nnipa a wɔbaa wɔn dibea so homeda ne wɔn a wofii mu homeda no, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada nkyɛn. Na ɔsɔfo no de ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fi no momaa asafohene no. Na awenfo no gyinagyina hɔ kurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ho ne ɔdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia. Na oyii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na ɔde adanse no hyɛɛ ne nsa, na wosii no hene, na wɔsraa no, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Atalia tee awɛmfo ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn AWURADE fi; na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina sumpii no so sɛnea amanne no te, na asafohene no ne ntorobɛntohyɛnfo wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntade mu, na ɔteɛɛm sɛ: Atirisopam, atirisopam? Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfa nkyerɛpɛn no mu mfi, na nea obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no. Na ɔsɔfo no kae sɛ: Wonnkum no AWURADE fi. Enti wosoo no mu de no kɔfaa ɔkwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfi no so, na wokum no hɔ. Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnnyɛ AWURADE man, na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam. Ɛnna asase no so nkurɔfo nyinaa kɔɔ Baal fi koburuw n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubuu no pasaa, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. Na ɔsɔfo no de awɛmfo sisii AWURADE fi no ho. Na ɔfaa ɔha ha so safohene ne Karifo ne awɛmfo ne asase no so nkurɔfo nyinaa, na wɔde ɔhene no fii AWURADE fi san bɛfaa ammirikatufo pon ano kwan so baa ɔhene fi, na ɔtenaa ahengua no so. Na asase no so nkurɔfo nyinaa ani gyei, na kurow no mu dwoe; na Atalia de, wɔde nkrante kum no ɔhene fi hɔ. Yoas bedii hene no, na wadi mfirihyia ason. Yehu afe a ɛto so ason so na Yoas bedii hene, na odii hene mfirihyia aduanan Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-seba. Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so ne nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no nyinaa. Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Na Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Akronkronne sika a wɔde ba AWURADE fi nyinaa ne obiara kra ti sika sɛ wɔbɔ no bo no, ne sika biara nso a ɛba obi koma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fi no, asɔfo no nnyigye wɔ amannifo nkyɛn, na wɔmfa nsiesie ofi no faako a ayɛ gow no, baabiara a wobehu sɛ gow bi wɔ. Na ɔhene Yoas afe a ɛto so aduonu abiɛsa so no, na asɔfo no nnya nsiesie ofi no mu adangow no ɛ. Ɛnna ɔhene Yoas frɛɛ ɔsɔfo Yehoiada ne asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na monnsiesie ofi no mu adangow no? Afei munnnyigye sika mo amannifo nkyɛn bio, na munyi mma na wɔmfa mpompam ofi no adangow no. Na asɔfo no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrempompam ofi no mu adangow no bio. Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi, na otuu ne mmuaso mu tokuru, na ɔde sii afɔremuka no ho, nea wɔfa ba AWURADE fi no nifa; na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fi no nyinaa guu mu. Na sɛ wohu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wohu AWURADE fi no. Na wɔde sika a wɔakari no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fi so ahwɛfo no nsa, na woyi maa nnua adwumfo ne adansifo a wɔyɛ AWURADE fi no, ne abantofo, ne abotwafo, ne nea wɔde bɛtɔ nnua ne abo a wɔatwa, nea wɔde bɛpompam AWURADE fi adangow no, ne nea wɔde betua ofi no adangow no pempam ho ade a wɔhwere nyinaa ka. Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fi no mu bi anyɛ AWURADE fi dwetɛ nsanka, adumgya, nkora, ntorobɛnto anaa sika ne dwetɛ ade biara. Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde pempam AWURADE fi no. Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfo no ammu akontaa, efisɛ wɔyɛɛ no nokware mu. Asodi afɔre sika ne bɔne ho afɔre sika de, wɔamfa amma AWURADE fi; ɛyɛ asɔfo no dea. Ɛbere no mu na Siria hene Hasael foro bae ne Gat bɛkoe, na odii nkunim; na Hasael de n’ani kyerɛe sɛ ɔreforo aba Yerusalem. Ɛnna Yuda hene Yoas faa akronkronne a n’agyanom Yuda ahene Yosafat ne Yoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no nyinaa, ne n’akronkronne, ne sika a wohuu AWURADE fi ne ahemfi akorade mu nyinaa, na ɔsoma ma wɔde kɔmaa Siria hene Hasael; ɛnna ofii Yerusalem hɔ kɔe. Na Yoas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wokum Yoas wɔ Milo dan a ɛde rekɔ Sila no mu. Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yosabad bɔɔ no na owui; na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Amasia bedii n’ade. Yuda hene Ahasia ba Yoas afe a ɛto so aduonu abiɛsa so na Yehu ba Yoahas bedii Israel so hene Samaria mfe asɔn. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na odii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfi ho. Na AWURADE bo fuw hyɛɛ Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael nsa, ne Hasael ba Ben-hadad nsa nna nyinaa. Na Yoahas kotɔ srɛɛ AWURADE, na AWURADE tiee no, efisɛ ohuu ɔhaw a Siria hene de rehaw Israel no. Na AWURADE maa Israel ogyefo, na wofii Siriafo nsa ase, na Israelfo tenaa wɔn ntamadan mu sɛ kan no. Nanso wɔamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fi bɔne ho; ɛno ara na ɔyɛe; na Asera dua no nso sii Samaria. Na wɔannyaw dɔm bi amma Yoahas gye apɔnkɔsotefo aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufo ɔpedu, efisɛ Siria hene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfutuma a wotiatia so. Na Yoahas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yoahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Samaria; na ne ba Yoas bedii n’ade. Yuda hene Yoas afe a ɛto so aduasa ason so na Yoahas ba Yoas bedii Israel so hene Samaria mfe dunsia. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; ɛno ara na ɔyɛe. Na Yoas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, sɛ ɔne Yuda hene Amasia dii ako no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yoas wui, na Yeroboam bɛtenaa n’agua so; na wosiee Yoas Samaria kaa Israel ahene ho. Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo! Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔfa ɔta ne agyan! Na ɔde ta ne agyan brɛɛ no. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Fa wo nsa so ta no mu. Na ɔde ne nsa soo mu; na Elisa de ne nsa guu ɔhene no nsa so. Na ɔkae sɛ: Hiɛ apuei mfɛnsere no! Na ohiɛe. Na Elisa se: Tow! Na ɔtowee. Na ose: AWURADE nkonimdi agyan, Siria so nkonimdi agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn. Na ɔkae sɛ: Tase agyan no! Na ɔtasee. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Tow bɔ fam! Na ɔtow bɔɔ fam mprɛnsa, na ogyinae. Ɛnna Onyankopɔn nipa no bo fuw no kae sɛ: Anka ɛsɛ sɛ wotow mpɛn anum anaa asia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria. Na Elisa wui, na wosiee no. Na afe no dui no, Moabfo afowfo asafo baa asase no so. Na da bi a wɔrekosie onipa bi no, wohuu asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so. Na Siria hene Hasael haw Israel, Yoahas nna nyinaa. Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ. Na Siria hene Hasael wui; na ne ba Ben-hadad bedii n’ade. Na Yoahas ba Yoas san kogyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkurow a ɔde ɔko begyee n’agya Yoahas nsam no. Mpɛn abiɛsa na Yoas bɔɔ no, na ɔdan Israel nkurow no mae. Israel hene Yoahas ba Yoas afe a ɛto so abien so na Yuda hene Yoas ba Amasia bedii hene. Obedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfe aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Yoadin a ofi Yerusalem. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, nanso ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛnea n’agya Yoas yɛɛ no nyinaa na ɔno nso yɛe. Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Na ahenni no timii ne nsam no, okum ne nkoa a wokum n’agya ɔhene no. Na awudifo no mma no de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu sɛnea AWURADE hyɛɛ sɛ: Wonnkum agyanom, mma nti, nso wonnkum mma, agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wonkum no, no. Ɔno na okum Edom mu nnipa ɔpedu, Nkyene-bon mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel saa bere no. Ɛbere no mu na Amasia somaa abɔfo kɔɔ Israel hene Yoas, Yehu ba Yehoahas ba, nkyɛn se: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ. Na Israel hene Yoas soma baa Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babea ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so. Okum de, woakum Edom, na wo koma ama wo so. Ma w’anuonyam nnɔ wo so na tena wo fi, na ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa? Na Amasia antie. Ɛnna Israel hene Yoas foro bae, na wobehyiaam koe, ɔno ne Yuda hene Amasia, wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ. Na Yuda gui Israel anim, na woguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. Na Israel hene Yoas kyeree Yuda hene Amasia, Ahasia ba Yoas ba, wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem beburuw Yerusalem fasu fi Efraim pon no ho de kosii twea pon no ho basafa ahannan; na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa, ne nnwinne a wohui AWURADE fi ne ahemfi akorade mu ne nnɔnwowa, na ɔsan kɔɔ Samaria. Na Yoas ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne mmaninne, ne sɛnea ɔne Yuda hene Amasia koe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yoas wui, na wosiee no Samaria kaa Israel ahene ho, na ne ba Yeroboam bedii n’ade. Na Yuda hene Amasia, Yoas ba, tenaa ase mfirihyia dunum, Israel hene Yoas, Yoahas ba, wu akyi. Na Amasia ho nsɛm nkae no, wɔakyerɛw ahyɛ Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na oguan kɔɔ Lakis; na wɔsoma tiw no kɔɔ Lakis, na wokokum no wɔ hɔ. Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wosiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu. Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfe dunsia no na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu. Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdan maa Yuda, na akyiri no ɔhene no wu kɔɔ n’agyanom nkyɛn wɔ asaman. Yuda hene Amasia, Yoas ba, afe a ɛto so dunum so na Israel hene Yeroboam, Yoas ba, bedii hene, Samaria, mfe aduanan biako. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho. Ɔno na okogyee Israel hye san maa wɔn de fi Hamat de besii Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn nam n’akoa, Amitai ba Yona, odiyifo a ofi Gat-hefer, so kae no. Na AWURADE huu Israel amanehunu sɛ ɛyɛ nwene papa, na ɔdehye ne akoa nyinaa kɔ, na Israel nni boafo bi. Nso AWURADE nkae sɛ ɔbɛpopa Israel din afi ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn. Na Yeroboam ho nsɛm nkae, ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, sɛnea ɔkoe ne sɛnea ɔdan Damasko ne Hamat a ɛyɛ Yuda de no maa Israel no, wɔakyerɛw no Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Na Yeroboam tiw n’agyanom Israel ahemfo no wɔ asamando, na ne ba Sakaria bedii n'ade. Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu ason so na Yuda hene Amasia ba Asaria bedii hene. Obedii hene no, na wadi mfe dunsia, na odii hene mfirihyia aduonum abien Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ofi Yerusalem. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Amasia yɛe no nyinaa; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so. Na Asaria ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Asaria wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Yotam bedii n’ade. Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa awotwe so na Yeroboam ba Sakaria bedii Israel so hene Samaria, asram asia. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛnea n’agyanom yɛe no; wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Na Yabes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw, na ɔbɔɔ no ɔman no anim kum no, na obedii n’ade. Na Sakaria ho nsɛm nkae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa. Yabes ba Salum bedii hene, Yuda hene Usia afe a ɛto so aduasa akron mu; na odii hene ɔsram wɔ Samaria. Na Gadi ba Menahem fii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum Samaria kum no, na obedii n’ade. Na Salum ho nsɛm nkae ne n’apam a ɔpamee no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Ɛbere no mu no, Menahem fii Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, efisɛ wɔanhiɛ no nti, okum wɔn, na ɔpaapaee emu apemfo nyinaa mu. Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa akron mu na Gadi ba Menahem bedii Israel so hene mfe du Samaria. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa. Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu. Na Menahem gyigyee Israel hɔ tow, mmarima a wobetumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbona aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asaria hene. Ɛnna Asaria hene no sanee, na wannyina asase no so hɔ. Na Menahem ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Menahem wui, na ne ba Pekahia bedii n’ade. Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bedii Israel so hene Samaria mfe abien. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfi aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfo mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na okum no, na obedii n’ade. Na Pekahia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonu abien mu na Remalia ba Peka bedii Israel so hene Samaria mfe aduonu. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria. Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kum no, na obedii n’ade Usia ba Yotam afe a ɛto so aduonu mu. Na Peka ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛɛ nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. Israel hene Remalia ba Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia ba Yotam bedii hene. Obedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na mfirihyia dunsia na odii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babea. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛɛ nyinaa na ɔyɛe; gye sorɔnsorɔmmea na wɔanyi, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Ɔno na osii AWURADE fi pon a ɛkorɔn no. Na Yotam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Nna no mu na AWURADE fii ase somaa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda so. Na Yotam wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu, na ne ba Ahas bedii n’ade. Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Ahas a ɔyɛ Yotam ba bedii hene. Ahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu, na odii hene mfirihyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔfaa Israel ahene kwan so, na ne ba po ɔma ɔfaa ogya mu, sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide te no. Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. Ɛbere no mu na Siria hene Resin ne Israel hene Remalia a ne ba ne Peka, foro baa Yerusalem bɛkoe; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni no so. Ɛbere no mu ara na Siria hene Resin gyee Elat san maa Siria, na ɔpam Yudafo no fii Elat, na Edomfo baa Elat bɛtenaa hɔ de besi nnɛ. Na Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asaria hene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra begye me Siria hene ne Israel hene a wɔasɔre ahyɛ me yi nsam. Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wohui AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu no soma ma wɔde kɔmaa Asaria hene sɛ ayɛyɛde. Na Asaria hene tiee no, na Asaria hene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na otuu wɔn kɔtenaa Kir, na okum Resin. Na ɔhene Ahas siim kohyiaa Asaria hene Tiglat-pileser wɔ Damasko. Na okohuu afɔremuka a ɛwɔ Damasko no, na ɔhene Ahas de afɔremuka no nsɛso ne nsusuwso sɛnea ne yɛbea nyinaa te soma brɛɛ ɔsɔfo Uria. Na ɔsɔfo Uria sii afɔremuka no sɛnea ɔhene Ahas soma fii Damasko brɛɛ no no, saa na ɔsɔfo Uria yɛ siee ɔba a ɔhene Ahas fi Damasko bae no. Na ɔhene fi Damasko bae no, ɔhene behuu afɔremuka no, na ɔhene twiw bɛn afɔremuka no, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre. Na ɔhyew ne hyew afɔre ne n’aduan afɔre, na ohwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoe afɔre mogya petee afɔremuka no so. Na kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no, otwiw fii asɔredan no anim, afɔremuka foforo no ne AWURADE dan no ntam, de kosii afɔremuka no nkyɛn mu benkum fam. Na ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfo Uria sɛ: Afɔremuka kɛse no so na hyew anɔpa hyew afɔre ne anwummere aduan afɔre ne ɔhene hyew afɔre ne n’aduan afɔre ne asase yi sofo nyinaa hyew afɔre ne wɔn aduan afɔre ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyew afɔre mogya nyinaa ne okum afɔre mogya nyinaa pete so; na kɔbere afɔremuka no nsi me hɔ na minnwen ho. Na ɔsɔfo Uria yɛɛ sɛnea ɔhene Ahas hyɛɛ no nyinaa. Na ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na oyiyii so aguasɛn no, fii kɔbere anantwi a ɛwɔ ase no so, na ɔde sii abonsɛwee bi so. Na ɔkwan a wɔakata so a wɔfa so homeda a wɔyɛe ofi no mu ne ɔhene mfikyikwan no, Asaria hene nti oyi kɔtoo AWURADE fi. Na Ahas ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Ahas wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Hesekia bedii n’ade. Yuda hene Ahas afe a ɛto so dumien mu na Ela ba Hosea bedii Israel so hene Samaria mfe akron. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso ɛnte sɛ Israel ahene a wodii n’anim no. Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde. Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu. Na Asaria hene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfe abiɛsa. Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu. Na ɛbaa saa, efisɛ Israelfo ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so Misraim hene Farao nsam bae no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforo, na wɔanantew amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no ahyɛde ne Israel ahene de a wɔhyehyɛe no mu. Na Israelfo no nam ase dii nsɛm a ɛmfata ne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asi, na wosisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkurow nyinaa mu, efi awɛmfo abantenten so kosi kurow a afasu atwa ho ahyia so, na wosisii adum ne Asera nnua, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn; na ɛhɔ na wɔhyew nnuhuam, sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii wɔn anim no, na wodii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo. Na wɔsonsom ahonihunu a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Munnni saa asɛm yi, no. Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa. Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no. Na wɔpoo n’ahyɛde ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pamee ne n’adanse a odii wɔn no, na wokodii ahuhude akyi dii ahuhusɛm, na wokodii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi. Na wogyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔagu, nantwi mma abien, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal. Na wɔmomaa wɔn mmammarima ne wɔn mmabea fofaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa ade, na wɔde wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo. Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko. Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantew Israel ahyɛde a wɔyɛe no mu. Enti na AWURADE poo Israel asefo nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui. Na Israel tew fii Dawid fi ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel fii AWURADE akyidi ho ma wɔyɛɛ bɔne kɛse. Na Israelfo kɔnantew Yeroboam bɔne a ɔyɛe no nyinaa mu; wɔamfi ho, de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ. Na Asaria hene kɔfaa nnipa fii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn beduaa Samaria nkurow mu sii Israelfo no ananmu, na wodii Samaria so na wɔtenaa ne nkurow mu. Na wɔn hɔ tena mfiase mu no na wonsuro AWURADE; na AWURADE somaa agyata baa wɔn mu a wokunkum wɔn mu binom. Na wɔkɔka kyerɛɛ Asaria hene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abedua Samaria nkurow mu yi, wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude, enti wasoma agyata aba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, esiane sɛ wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude. Ɛnna Asaria hene no hyɛe sɛ: Momma asɔfo a moatu wɔn hɔ no mu biako nkɔ hɔ, na wɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmude. Na asɔfo a wotuu wɔn fii Samaria no mu biako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsuro AWURADE. Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafo yeyɛe no mu, ɔman biara, wɔn nkurow a wɔte mu no mu. Na Babelfo no yɛɛ Sukot-benot, na Kutfo no yɛɛ Nergal, na Hamatfo no yɛɛ Asima, na Awifo no yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwifo de ogya hyehyew wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no. Na wosuroo AWURADE nso, na wɔde wɔn ara mu nnipa horow sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo, na wɔbobɔɔ afɔre maa wɔn, sorɔnsorɔmmea afi no mu. Wosuroo AWURADE na wɔsonsom wɔn ankasa anyame, sɛ amanaman a wotuu wɔn fii hɔ bae no amanne te. Ɛde besi nnɛ, wɔyɛ wɔn kan nneyɛe no ara. Wonsuro AWURADE, na nso wonni ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no so. Wɔn na AWURADE ne wɔn pamee, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro anyame foforo na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔre, na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛse ne basa a wateɛ mu koyii mo fii Misraim asase so bae no, ɔno na munsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔre. Na ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a ɔkyerɛw maa mo no, munni so nyɛ nna nyinaa, na munnsuro anyame foforo. Na apam a me ne mo pamee no, mommma mo werɛ mmfi, na munnsuro anyame foforo, na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na munsuro no, na ɔno na obeyi mo afi mo atamfo nyinaa nsam. Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kan atemmude te no ara na wɔyɛe. Sɛɛ na amanaman yi suroo AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasinsen no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de besi nnɛ. Na Israel hene Ela ba Hosea afe a ɛto so abiɛsa mu na Yuda hene Ahas ba Hesekia bedii hene. Obedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Abi, Sakaria babea. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛnea n’agya Dawid yɛe nyinaa. Ɔno na oyiyii sorɔnsorɔmmea no, na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui, na obubuu kɔbere a Mose yɛe no; na ɛde besi saa bere no na Israelfo hyew aduhuam ma no, na wɔfrɛɛ no Nehustan. AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toe, na n’akyi no obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahene nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa. Na ɔbataa AWURADE ho, wansan amfi n’akyi, na odii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so. Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no. Ɔno na okunkum Filistifo koduu Gasa ne ɛho asase de fi awɛmfo abantenten so kosii kurow a afasu atwa ho ahyia so. Na ɔhene Hesekia afe a ɛto so anan a ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea afe a ɛto so ason mu no, Asaria hene Salmaneser foro baa Samaria so bɛtoaa no ne no koe, na mfe abiɛsa akyi no wɔfae; Hesekia afe a ɛto so asia a ɛne Israel hene Hosea afe a ɛto so akron no mu na wɔfaa Samaria. Na Asaria hene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu, efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ. Na ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu na Asaria hene Senakerib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae. Na Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asaria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; san fi me so: Na nea wode bɛto me so no, mɛsoa. Na Asaria hene hyɛe sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse ahasa ne sika dwetikɛse aduasa. Na Hesekia de dwetɛ a wohui AWURADE fi ne ahemfi akorade mu no nyinaa mae. Ɛbere no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apon ne adum ho sika a Yuda hene Hesekia duraduraa ho no, na ɔde maa Asaria hene. Ɛnna Asaria hene somaa ne sahene, anaa Tartan, ne Rabsaris anaa opiani ne ɔhene nsahyɛfo panyin anaa Rabsake fi Lakis ne dɔm a emu yɛ duru baa ɔhene Hesekia nkyɛn Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem; na wobegyinaa atifi tare a ɛwɔ Ɔtamahorofo asasewa no tempɔn ho no suka ho. Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne ɔsɛnkafo Yoa, Asaf ba, fii adi kɔɔ wɔn nkyɛn. Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛse no, Asaria hene no, se ni: Ɛdɛn koraa na wode wo ho to so yi? Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, ɛhena so na wode wo ho to a enti wotew me so atua yi? Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abu yi so, ɛne Misraim a sɛ obi tweri no a, ɛwɔ ne nsam hwirew mu. Saa na Misraim hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa. Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka yi anim na monsɔre no? Na afei wo ne me wura Asaria hene nyɛ apam ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so. Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nti wode wo ho akɔto Misraim so yi, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka me wura nkoa nketewa mu safohene biako po agu? Afei, so mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no. Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake sɛ: Wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa, na yɛn de, yɛte, na wo ne yɛn nnkasa Yuda kasa, nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no asom. Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So wo wura, nni wo nkyɛn, na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi? So ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasu so yi nkyɛn, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara? Ɛnna Rabsake gyinae na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu kae sɛ: Muntie ɔhenkɛse no, Asaria hene no, asɛm: Sɛ ɔhene se ni: Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo ne nsam, nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye na AWURADE begye yɛn, na wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa. Munntie Hesekia, na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn, na munni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsu, nkosi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwo asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn a, munntie. So amanaman anyame no mu bi agye n’asase afi Asaria hene nsam pɛn? Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? So wɔagye Samaria me nsam anaa? Nsaase no so anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na AWURADE begye Yerusalem afi me nsam anaa? Na ɔman no muaa wɔn ano na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe sɛ: Mummmua no! Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne ɔsɛnkaefo Yoa, Asaf ba, de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no. Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu na ofuraa atweatam na osiim kɔɔ AWURADE fi. Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo. Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no. Na ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn. Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura ni: Sɛ AWURADE se ni: Nsuro nsɛm a wotee a Asaria hene nkoa de abɛyaw me no anim. Hwɛ, mede honhom bi mɛhyɛ no mu, na wate nsɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano n’asase so. Na Rabsake sanee, na ɔkɔtoo Asaria hene sɛ ɔne Libna reko, efisɛ wate sɛ watu afi Lakis. Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsan somaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn bio sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa. Hwɛ, wo ara woate nea Asaria ahene ayeyɛ nsaase nyinaa, asɛe no pasaa, na wo na wobegye wo anaa? So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa? Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwaim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ? Na Hesekia gyee nhoma no abɔfo no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fi, na Hesekia trɛw mu too AWURADE anim. Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’aniwa, AWURADE, na hwɛ! Na tie Senakerib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa Onyankopɔn teasefo no. Ɛwom, AWURADE, Asaria ahene asɛe amanaman ne wɔn nsaase, na wɔatotow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn. Enti, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, wo nkutoo ara nko! Ɛnna Amos ba Yesaia soma kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nea wobɔɔ me ɛho mpae Asaria hene Senakerib ho no, mate. Eyi ne asɛm a AWURADE aka agu no so: Ɔbaabun Sion babea no bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi na Yerusalem babea rewosow ne ti. Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn? Wode ahyɛ Israel kronkronni no. W’abɔfo so na wonam asopa Awurade aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodow no mɛforo makɔ mmepɔw atifi, Lebanon mu noho tɔnn, na metwitwa ne nkyeneduru atenten ne ɔpopaw a ɛyɛ fɛ no agu na makodu n’atenae a ɛwɔ akyirikyiri, ne kwaebirentuw mu. Me na matutu mmura manom amannɔne nsu, na mede manammɔn mu mayow Misraim nsubɔnten nyinaa. So wontee sɛ mifi meyɛe akyɛ, na mifi tete mmere mu na mehyɛɛ no saa? Afei na mama aba mu, sɛ wɔnsɛe nkurow a afasu atwa ho ahyia mma ɛnnan akurofo akuwakuw, na emufo a wɔagurow no ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan mfuwa so ahaban ne wura momono, adan atifi wura, ne awi a amma ne ho so na akisa. Na w’asetena ne w’adifi ne wo muba no, minim, ɛne wo dam a wobɔ me so no. Esiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahoahoa aforo abedu m’asom nti, mede me darewa mɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’anom, na masan wo mafa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ. Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu, nea ebedi akyiri aba. Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba. Na Yuda fi mu wɔn a wɔagye wɔn afi mu a wɔaka no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba. Na Yerusalem nkae bi befi, na nnipa a wɔafi mu anya nkwa nso afi Sion bepɔw so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi. Enti sɛ AWURADE se Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no. Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔremma mu, AWURADE na ose. Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti a! Na anadwo no ara AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu. Ɛnna Asaria hene Senakerib sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe. Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fi no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no, na wofii mu guan kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-hadon bedii n'ade. Nna no mu no, Hesekia yaree owuyare. Na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu na worennya nkwa. Ɛnna ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ: Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse. Na Yesaia nnya mfii mfinimfini abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi. Na mede mfirihyia dunum mɛto wo nna so, na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti. Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma tɔw mmra. Na wɔde ba bɛtaree pɔmpɔ no so, na onyaa nkwa. Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛsa me yare, na da a ɛto so abiɛsa no mɛkɔ AWURADE fi? Na Yesaia se: Eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no: Sunsuma no nkɔ anim ntrapoe du anaasɛ ɛnsan n’akyi ntrapoe du? Na Hesekia se: Ɛyɛ hare ma sunsuma sɛ esian ntrapoe du, dabi, na ma sunsuma no nsan n’akyi ntrapoe du. Ɛnna odiyifo Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsuma no san n’akyi ntrapoe du, Ahas owia dɔn so ntrapoe a asian dedaw no so. Ɛbere no mu no, Babel hene Baladan ba Merodak-baladan somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ Hesekia yaree. Na Hesekia gyee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akorade dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akode dan nyinaa ne nea wohu n’akorade mu nyinaa. Biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na ɛbae, wofi Babel. Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wo fi? Na Hesekia buae sɛ: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu; biribi nni m’akorade mu a mamfa mankyerɛ wɔn. Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm: Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose. Na wo mma a wobefi wo mu a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafo. Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no ye. Na ɔkae sɛ: So ɛnyɛ sɛ asomdwoe ne nokware na ɛbɛba me bere so? Na Hesekia ho nsɛm nkae ne ne mmaninne nyinaa ne sɛnea ɔyɛɛ ɔtare ne suka na ɔde nsu no baa kurow no mu no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. Na Hesekia wui, na ne ba Manase bedii n’ade. Manase bedii hene no, na wadi mfirihyia dumien, na odii hene mfe aduonum anum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsi-ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide. Na ɔsan sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia asɛesɛe no no, na osisii afɔremuka maa Baal, na ɔyɛɛ Asera dua sɛnea Israel hene Ahab yɛe no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn. Na osisii afɔremuka AWURADE fi a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din mɛto hɔ, no mu. Na osisii afɔremuka maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fi abangua abien no so; na ɔmaa ne babarima faa ogya mu, na ɔyɛɛ abayide ne adebisade, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ɔmaa bɔne a ɔyɛe no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo. Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛe no sii ofi no mu, ofi a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: Ofi yi ne Yerusalem a mayi Israel mmusuakuw nyinaa mu no mu na mede me din mɛto daa; nanso meremma Israel anan ntu nkyin mfi asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na nea wɔnyɛ nko ne sɛ: Wɔhwɛ yɛ sɛnea mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa te no. Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a AWURADE sɛee wɔn fii Israel anim no. Na AWURADE nam ne nkoa adiyifo no so kae sɛ: Esiane sɛ Yuda hene Manase ayɛ saa akyide yi, na wayɛ bɔne asen nea Amorifo a wodii n’anim yɛe nyinaa, na ɔde n’abosonhuhu ama Yuda nso ayɛ bɔne nti, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛte no, n’aso abien mu bɛyɛ no yɔnn. Na mɛtwe Samaria susuhama mu, ne Ahab fi so taahama mu aba Yerusalem so, na mɛpopa Yerusalem mu sɛnea wɔpopa asanka mu, wɔpopa na wɔdan butuw; na mɛpo m’agyapade nkae no, na mede wɔn mahyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔayɛ dwow ade ne afow ade ama wɔn atamfo nyinaa, efisɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo fi da a wɔn agyanom fii Misraim bae de besi nnɛ. Na mogya a edi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma fi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛe, sɛ wɔyɛɛ nea enye AWURADE ani so no. Na Manase ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛe no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. Na Manase ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no ne fi turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bedii n’ade. Amon bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii hene mfe abien Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet, Harus a ofi Yotba ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no, na ɔnantew ɔkwan a n’agya nantew mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuw a n’agya somee no, na ɔsɔree wɔn; na ogyaw AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, na wannantew AWURADE kwan mu. Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wokum ɔhene no ne fi. Na asase no sofo no kunkum wɔn a wɔpam ɔhene Amon tiri so no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’ananmu. Na Amon ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na wosiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bedii n’ade. Yosia bedii hene no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene mfe aduasa biako Yerusalem. Na ne na din de Yedida, Adaia a ofi Boskat ba. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na ɔnantew n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wamman ankɔ nifa anaa benkum. Na ɔhene Yosia afe a ɛto so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba ɔkyerɛwfo Safan kɔɔ AWURADE fi sɛ: Kɔ ɔsɔfo panyin Hilkia nkyɛn, na onyi sika a wɔde baa AWURADE fi, a ɔpon ano ahwɛfo aboa ano afi ɔman no nsam no ho nkontaa mma, na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fi so no nsa, na wɔmfa mma AWURADE fi mu adwumayɛfo no sɛ wɔmfa mpompam ofi no mu adangow no, ne nnua adwumfo ne adansifo ne abantofo no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne abo a wɔatwa, na wɔmfa mpompam ofi no; nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkontaa, efisɛ wɔyɛ no nokware mu. Na ɔsɔfo panyin Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mahu mmara nhoma no AWURADE fi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan, na ɔkanee. Na ɔkyerɛwfo Safan baa ɔhene nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wohui ofi no mu no agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fi so no nsa. Na ɔkyerɛwfo Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfo Hilkia de nhoma bi ama me. Na Safan kenkanee ɔhene anim. Na ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu. Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne ɔkyerɛwfo Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ: Monkɔ nkobisa AWURADE mma me ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nhoma a moahu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyew a adɛw ahyɛ yɛn no yɛ kɛse, efisɛ yɛn agyanom antie nhoma yi mu nsɛm no sɛ wɔbɛyɛ sɛ wɔakyerɛw yɛn ho no. Na ɔsɔfo Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ odiyifo bea Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba Salum, ntade sohwɛfo no, yere nkyɛn, nso na ɔte Yerusalem: Ɔfa a ɛto so abien mu, na wɔne no kasae. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne mɛba ha ne ɛhafo so, sɛnea nhoma a Yuda hene akan no mu nsɛm nyinaa te no, esiane sɛ wɔagyaw me, na wɔakɔhyew aduhuam ama anyame foforo, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyew bɛdɛw ahyɛ ha yi, na ɛrennum. Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa AWURADE ade no de, sɛ monka nkyerɛ no ni: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsɛm a woate no de, esiane sɛ wo koma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee nea maka, ɛha yi ne ɛhafo ho, sɛ wɔbɛdan amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntade mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose. Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo wɔ damoa mu asomdwoe mu, na w’aniwa renhu ɔhaw a mede reba ha yi so no nyinaa. Na wɔde asɛm no besee ɔhene. Na ɔhene no soma ma wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanyin nyinaa ano baa ne nkyɛn. Na ɔhene foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ne asɔfo ne adiyifo ne ɔman mu no nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, ka ne ho. Na ɔkenkan apam nhoma a wohuu AWURADE fi no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa asom. Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ. Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panyin Hilkia ne asɔfo a wodi so no ne aponanohwɛfo no sɛ wonyi nneɛma a wɔayɛ ama Baal ne Asera ne ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa mfi AWURADE aban no mu; na ɔde fii Yerusalem kɔhyewee, Kidron ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel. Na otutuu asɔfo hunu a Yuda ahene sisii a wɔhyew nnuhuam Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea so, ne wɔn a wɔhyew nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atenae, nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa. Na oyii Asera no fi AWURADE fi de fii Yerusalem kɔɔ Kidron subon ho, na ɔhyewee Kidron subon mu, na ɔyam no sɛ mfutuma, na ɔde ne mfutuma no guu nkurɔfo mma damoa so. Na obubuu nguamannan a ɛwɔ AWURADE fi a mmea nwenee mmɔɔhɔɔ maa Asera wɔ mu no. Na ɔkɔfaa asɔfo no nyinaa fii Yuda nkurow mu bae, na oguu sorɔnsorɔmmea a asɔfo no hyew hɔ nnuhuam no ho fi fi Geba kosii Beer-seba, na oburuw sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ nea wɔfa hyɛn kurow no so hwɛfo Yosua pon a ɛwɔ kurow pon no mu benkum so no. Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfo no ammɛbɔ AWURADE afɔremuka so afɔre Yerusalem, na wodii apiti no bi, wɔn nuanom mu. Na woguu Tofet wokum a ɛwɔ Hinom mma bon mu no ho fi na obi amma ne babarima anaa ne babea amfa ogya mu amma Molek bio. Na oyii apɔnkɔ a Yuda ahene de ama owia no AWURADE fi no ano de kɔɔ opiani Natan-melek dan a ɛwɔ akyiri abangua mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyewee. Na afɔremuka a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahene sisii, ne afɔremuka a Manase sisii AWURADE fi abangua abien no so no, ɔhene dwiriwii, na oyi fii hɔ, na ɔde ne mfutuma koguu Kidron subon mu. Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛe bepɔw nifa so a Israel hene Solomon si maa Sidonfo Astoret a ɛyɛ akyide, ne Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide, ne Amonfo Milkom a ɛyɛ atantanne no, ɔhene guu ho fi. Na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu. Bio nso afɔremuka a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, afɔremuka no nso ne sorɔnsorɔmmea no, oburuwii, na ɔhyew sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ ma ɛyɛɛ mfuturu, na ɔhyew Asera nnua no. Na Yosia dan ne ho na ohuu adamoa a ɛwowɔ bepɔw no so hɔ no, ɔsoma kɔfaa ada no mu nnompe bɛhyewee afɔremuka no so de guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Onyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kae no te. Ɛnna ɔkae sɛ: Nkaebo bɛn na ɛwɔ hɔ a mihu yi? Na kurow no mufo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae na ɔbɛkaa ade a woayɛ Betel afɔremuka yi no damoa. Na ose: Momma ɔnna hɔ, obiara nnka ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifo a ofi Samaria bae no nnompe. Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkurow mu a Israel ahene yeyɛe sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛnea ɔyɛe Betel no ara. Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔremuka no so afɔre, na ɔhyehyew nnipa nnompe wɔ so; na ɔsan baa Yerusalem. Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Munni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw apam nhoma yi mu no. Na efi atemmufo a wobuu Israel atɛn no bere so ne Israel ahene ne Yuda ahene bere so nyinaa wɔanni Twam bi sɛ eyi, gye ɔhene Yosia afe a ɛto so dunwɔtwe no mu na wodii Twam yi maa AWURADE, Yerusalem. Nanso asamanfrɛfo ne asumanfo ne ofie ahoni ne abosom ahoni ne akyide a wohui Yuda asase so ne Yerusalem no nyinaa, Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔakyerɛw nhoma a ɔsɔfo Hilkia kohuu AWURADE fi no mu no atim. Na ne sɛso hene bi anni n’anim a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyi nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno. Nanso AWURADE annan amfi n’abufuhyew kɛse a ɛdɛw hyɛɛ Yuda, abohuru a Manase de huruu ne bo no nyinaa nti, no mu. Na AWURADE kae sɛ: Meyi Yuda nso afi m’anim, sɛnea miyii Israel no, na mapo Yerusalem kurow a mafa yi ne ofi a mekae sɛ: Me din bɛtena hɔ, no. Na Yosia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. Ne bere so na Misraim hene Farao Neko tu bae ne Asaria hene kɔkoe asubɔnten Eufrate ho. Na ɔhene Yosia siim kohyiaa no; na Farao Neko bɛtoo no no, okum no Megiddo. Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu fi Megido de no baa Yerusalem, na wosiee no ne da mu. Na asase no sofo no faa Yosia ba Yoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu. Yoahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara. Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so, sɛ onnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛse ha ne sika dwetikɛse biako tow too asase no so. Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene sii n’agya Yosia ananmu, na ɔsakraa ne din too no Yehoiakim; na Yoahas de, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na okowui wɔ hɔ. Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no bo sɛ wɔmma sika no sɛ Farao kae no: Obiara sɛ ne bobɔ te no, ogyee dwetɛ ne sika no fii asase no so nkurɔfo no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko. Yehoiakim bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda, Pedaia a ofi Ruma babea. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara. Yehoiakim bere so na Babel hene Nebukadnesar tu bae, na Yehoiakim yɛɛ n’akoa mfe abiɛsa; na ɔdan tew Nebukadnesar so atua. Na AWURADE somaa Kaldeafo asafo ne Siriafo asafo ne Moabfo asafo ne Amonfo asafo baa no so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛ AWURADE nam ne nkoa adiyifo so kae no. AWURADE anom asɛm nko so na eyi nam baa Yuda so, sɛ obeyi wɔn afi n’anim, Manase bɔne nti, sɛ nea ɔyɛe no nyinaa, ne mogya a edi bem nso a ɔka gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde firi. Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na Yehoiakim wui, na ne ba Yehoiakin bedii n’ade. Na Misraim hene ankɔ so amfi n’asase so amma bio, efisɛ Babel hene agye nea ɛyɛ Misraim hene dea nyinaa fi Misraim subon ano kosi asubɔnten Eufrate ho. Yehoiakin bedii hene no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Nehusta, Elnatan a ofi Yerusalem babea. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ n’agyanom yɛe no ara. Ɛbere no mu na Babel hene Nebukadnesar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔkaa kurow no hyɛɛ mu. Na Babel hene Nebukadnesar baa kurow no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu. Ɛnna Yuda hene Yehoiakin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma ne n’apiafo; na Babel hene faa no, n’ahenni afe a ɛto so awotwe no mu. Na ɔkɔfaa AWURADE fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Solomon yɛe AWURADE aban mu no ho sika, sɛnea AWURADE kae no. Na otuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wobetumi nyinaa kɔe, nnipa ɔpedu na wɔde wɔn kɔe, ne adwumfo ne atomfo nyinaa, wɔannyaw obi, gye asase no so nkurɔfo ahiafo nko. Na otuu Yehoiakin kɔɔ Babel; na ɔhene ne na ne ɔhene yerenom ne n’apiafo ne asase no so atumfo, otuu wɔn fii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel, ne mmarima akofo nyinaa, mpemnson, ne adwumfo ne atomfo apem, wɔn nyinaa mmarima a wotumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel. Na Babel hene hyɛɛ n’agya ne nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsakraa ne din too no Sedekia. Sedekia bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu biako, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no ara. Na ɛnam AWURADE abufuw so na otuu, Yerusalem ne Yuda, fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua. Na n’ahenni afe a ɛto so akron ɔsram a ɛto so du da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpe hyiae. Na wotuaa kurow kosii ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu. Ɔsram a ɛto so anan da a ɛto so akron no na ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan bi nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no. Ɛnna wotuu kurow no ɔfasu no mu tokuru, na ɔhene ne mmarima akofo no nyinaa guan anadwo faa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pon mu kɔe; nso Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia; na ɔfaa Araba kwan so kɔe. Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw mu, na ne dɔm nyinaa fii ne ho petee. Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na wobuu no atɛn. Na wokunkum Sedekia mmammarima n’anim, na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien na wɔde no kɔɔ Babel. Na ɔsram a ɛto so anum da a ɛto so ason a ɛne Babel hene afe a ɛto so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babel hene akoa baa Yerusalem, na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, na ɔde ogya hyew afi akɛse nyinaa. Na Kaldeafo dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no buruw Yerusalem afasu no hyiae. Na nkurɔfo no nkae a wɔkaa kurow no mu ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn ne nkurɔfo yuu no mu nkae no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe. Na asase no so ahiafo no bi de, ankɔbeahene no gyaw wɔn, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfo ne akuafo. Na kɔbere adum a ɛwɔ AWURADE fi no ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubui, na wɔsoaa kɔbere no kɔɔ Babel. Na nseaa ne sesaw ade ne adumgya ne nsankawa ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae; na nso kukuwa ne nkora no, nea ɛyɛ sika no sika, ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, na ankɔbeahene no fa kɔe. Adum abien no, ɛpo biako no ne nsugye nnaka a Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔankari. Adum no biako korɔn si basafa dunwɔtwe, na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na duntiri no korɔn si basafa abiɛsa na ntontan ne atea aba sɛso wowɔ duntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere; na saa ara na odum a ɛto so abien no nso te, ntontan no ho. Na awɛmfo no panyin no, faa ɔsɔfo panyin Seraia ne n’abediakyiri, ɔsɔfo Sefania, ne aponanohwɛfo baasa, na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so ne ɔhene afotufo mu mmarima baanum a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔkyerɛwfo, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wɔwɔ wɔn kurow no mu, na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla. Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkum wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wotuu Yuda fii wɔn asase so. Na nkurɔfo a wɔkae Yuda asase so a Babel hene Nebukadnesar ma wɔkae no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado. Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima, tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfo no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa: Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima. Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro Kaldeafo nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ebewie mo yiye. Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ahemmusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛbobɔɔ Gedalia ma owui, ne Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho Mispa no nso. Ɛnna nkurɔfo no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, efisɛ wosuro Kaldeafo no. Na Yuda hene tukɔ afe a ɛto so aduasa asɔn, ɔsram a ɛto so dumien da a ɛto so aduonu asɔn, ɛne afe a Babel hene Ewil-merodak dii mu hene no, ɔnam adom so yii Yuda hene Yehoiakin fi nneduadan mu, na ɔne no kasaa ɔkasa pa, na ɔmaa n’agua so ma ɛkyɛn ahene a wɔne no wɔ Babel no agua, na ɔma oyii ne dua-mu-nna ntade, na ɔne no didii daa, ne nkwa nna nyinaa; na ɔhene ma wɔmaa no nneɛma bi daa, na ɛkɔɔ so ara ne nkwa nna nyinaa. Adam, Set, Enos, Kenan, Mahalalel, Yered, Hanok, Metusela, Lamek, Noa, Sem, Ham ne Yafet. Yafet mma ne: Gomer ne Magog ne Madai ne Yawan ne Tubal ne Mesek ne Tiras. Na Gomer mma ne: Askenas ne Rifat ne Togarma. Na Yawan mma ne: Elisa ne Tarsis, Kitifo ne Dodanfo. Ham mma ne: Kus ne Misraim, Put ne Kanaan. Na Kus mma ne: Seba ne Hawila ne Sabta ne Raama ne Sabteka. Na Rama mma ne: Seba ne Dedan. Na Kus woo Nimrod, ɔno na ofii ase yɛɛ otumfo asase so. Na Misraim woo Ludim ne Anamfo ne Lehabim ne Naftuhim ne Patrusim ne Kasluhim a Filistifo fi wɔn mu ne Kaftorim. Na Kanaan woo n’abakan Sidon ne Het, ne Yebusi ne Amori ne Girgasini, ne Hiwi ne Arki ne Sinini, ne Arwadi ne Semari ne Hamatifo. Sem mma ne: Elam, Asur ne Arfaksad, Lud, Aram, Us, Hul, Geter ne Mesek. Na Arfaksad woo Selah, na Selah woo Eber. Na wɔwoo mma baanu maa Eber, obiako din de Peleg, na ne bere so na asase mu tetewee. Na ne nua din de Yoktan. Na Yoktan woo Almodad ne Selef ne Hasarmawet ne Yera, ne Hadoram ne Usal ne Dikla ne Ebal ne Abimael ne Seba, ne Ofir ne Hawila ne Yobab: Eyinom nyinaa yɛ Yoktan mma. Sem, Arfaksad, Selah, Eber, Peleg, Reu, Serug, Nahor, Tera, Abram, ɔne Abraham. Abraham mma ne: Isak ne Ismael. Eyinom ne wɔn awo ntoatoaso: Ismael abakan Nebaiot, Kedar, Adbeel ne Mibsam, Misma ne Duma, Masa, Hadad ne Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. Eyinom ne Ismael mma. Na Abraham yefam Ketura mma: Ɔwoo Simran ne Yoksan ne Medan ne Midian ne Yisbak ne Sua. Na Yoksan mma ne: Seba ne Dedan. Na Midian mma ne: Efa ne Efer ne Hanok ne Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma. Na Abraham woo Isak. Isak mma ne: Esau ne Israel. Esau mma ne: Elifas, Reuel ne Yeus ne Yalam ne Kora. Elifas mma ne: Teman ne Omar, Sefi ne Gatam, Kenas ne Timna ne Amalek. Reuel mma ne: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Na Seir mma ne: Lotan ne Sobal ne Sibon ne Ana ne Dison ne Eser ne Disan. Na Lotan mma ne: Hori ne Homam. Na Timna ne Lotan nuabea. Sobal mma ne: Alian ne Manahat ne Ebal, Sefi ne Onam. Na Sibon mma ne: Aya ne Ana. Ana mma ne: Dison. Na Dison mma ne Hamran ne Esban ne Yitran ne Keran. Eser mma ne: Bilhan ne Saawan ne Yaakan. Dison mma ne: Us ne Aran. Na eyinom ne ahene a wodii Edom asase so ansa na obi dii Israelfo so hene: Beor ba Bela, na ne kurow din de Dinhaba. Na Bela wui, na Serah ba Yobab a ofi Bosra bedii n’ade. Na Yobab wui, na Husam a ofi Teman asase so bedii n’ade. Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a okum Midian, Moab petee mu no bedii n’ade. Na ne kurow din de Awit. Na Hadad wui, na Samla a ofi Masreka bedii n’ade. Na Samla wui, na Saul a ofi Rehobot a ɛda asu ho bedii n’ade. Na Saul wui, na Akbor ba Baal-hanan bedii n’ade. Na Baal-hanan wui, na Hadad bedii n’ade. Na ne kurow din de Pai, na ne yere din de Mehetabel, Me-sahab babea Matred ba. Na Hadad wui. Na Edom atitiriw ni: Otitiriw Timna, otitiriw Alia, otitiriw Yetet, Otitiriw Oholibama, Otitiriw Ela, otitiriw Pinon, Otitiriw Kenas, Otitiriw Teman, otitiriw Mibsar, Otitiriw Magdiel, Otitiriw Iram. Eyinom ne Edom atitiriw. Eyinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda, Isakar ne Sebulon, Dan, Yosef ne Benyamin, Naftali, Gad ne Aser. Yuda mma ne: Er ne Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babea wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛ AWURADE anim ɔbɔne, na okum no. Na n’ase Tamar woo Peres ne Serah maa no. Yuda mma nyinaa si baanum. Peres mma ne: Hesron ne Hamul. Na Serah mma ne: Simri ne Etan ne Heman ne Kalkol ne Dara, wɔn nyinaa si baanum. Na Karmi mma ne: Israel hawfo Akar a ɔfomee ahyirade mu no. Na Etan mma ne: Asaria. Na Hesron mma a wɔwoo wɔn maa no ne Yerahmeel ne Ram ne Kelubai. Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no, na Nahson woo Salma, na Salma woo Boas, na Boas woo Obed, na Obed woo Yese. Na Yese woo n’abakan Eliab ne Abinadab na otia abien ne Sima a ɔto so abiɛsa, Netanel to so anan, Radai to so anum, Osem to so asia, Dawid to so asɔn; na wɔn nuammeanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne: Abisai ne Yoab ne Asahel; wosi baasa. Na Abigail woo Amasa, na Amasa n’agya ne Ismaelni Yeter. Na Hesron ba Kaleb ne ne yere Asuba ne Yeriot woe; na ne mma ni: Yeser ne Sobab ne Ardon. Na Asuba wui, na Kaleb faa Efrat waree, na ɔwoo Hur maa no. Na Hur woo Uri, na Uri woo Besalel. Na akyiri no Hesron kɔɔ Makir a ɔyɛ Gilead n’agya babea ho, na ɔwaree no, nso na wadi mfirihyia aduosia, na ɔwoo Segub maa no, na Segub woo Yair, ɔno na Gilead asase so nkurow aduonu abiɛsa yɛɛ ne dea. Na Gesur ne Aram gyee Yair atenae no fii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkurow aduosia. Eyinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma. Na Hesron wui wɔ Kaleb-efrata akyi no, Hesron yere Abigya woo Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya maa no. Na Hesron abakan Yerahmeel mma ne: Abakan Ram ne Buna ne Oren ne Osem ne Ahia. Na Yerahmeel wɔ ɔyere foforo bi a ne din de Atara, ɔne Onam ne na. Na Yerahmeel abakan Ram mma ne: Maas ne Yamin ne Eker. Na Onam mma ne Samai ne Yada. Na Samai mma ne: Nadab ne Abisur. Na Abisur yere din de Abihail, na ɔwoo Ahban ne Molid maa no. Na Nadab mma ne: Seled ne Apaim, na Seled wui a wannyaw mma. Na Apaim mma ne: Yisi. Na Yisi mma ne: Sesan. Na Sesan mma ne: Ahlai. Na Samai ne nua Yada mma ne: Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wannyaw mma. Na Yonatan mma ne: Pelet ne Sasa. Eyinom ne Yerahmeel mma. Na Sesan nni mma gye mmabea. Na Sesan wɔ akoa Misraimni bi a ne din de Yarha. Na Sesan de ne babea maa n’akoa Yarha aware, na ɔwoo Atai maa no. Na Atai woo Natan, na Natan woo Sabad. Na Sabad woo Eflal, na Eflal woo Obed, na Obed woo Yehu, na Yehu woo Asaria, na Asaria woo Heles, na Heles woo Eleasa, na Eleasa woo Sisemai, na Sisemai woo Salum, na Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama. Na Yerahmeel ne nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya, ne Hebron agya Maresa mma. Na Hebron mma ne: Kora ne Tapua ne Rekem ne Sema. Na Sema woo Raham, Yorkeam n’agya. Na Rekem woo Samai. Na Samai ba ne: Maon; na Maon yɛ Bet-sur n’agya. Na Kaleb yefam Efa woo Haran ne Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases. Na Yahdai mma ne: Regem ne Yotam ne Gesan ne Pelet ne Efa ne Saaf. Na Kaleb yefam Maaka woo Seber ne Tirhana, na ɔwoo Saaf a ɔyɛ Madmana n’agya, Sewa a ɔyɛ Makbena n’agya, ne Gibea n’agya. Na Kaleb babea ne Aksa. Eyinom ne Kaleb mma. Efrata abakan Hur mma ne: Sobal, a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya, Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya. Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma: Wɔne Haroe ne Menuhotfo fa. Na Kiriat-yearim mmusua ne Yitrifo ne Putifo ne Sumatifo ne Misraifo de no, eyinom mu na Sorafo ne Estaolfo fi. Salma mma ne: Betlehem ne Netofafo, Atrot-bet-yoab ne Manahatfo fa, ne Sorifo no; ne kyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no: Tirafo, Simeafo, Sukafo; wɔne Kenifo a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fi agya no asefo. Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de. Nea ɔto so abiɛsa ne: Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba. Nea ɔto so anum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Nea ɔto so asia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba. Hebron na wɔwoo baasia maa no, na odii hɔ hene mfe ason ne asram asia na odii mfe aduasa abiɛsa Yerusalem. Na eyinom na wɔwoo wɔn maa no Yerusalem: Sima ne Sobab ne Natan ne Solomon, baanan yi yɛ Amiel babea Bat-sua de, ne Yibhar ne Elisama ne Elifelet, ne Noga ne Nefeg ne Yafia, ne Elisama ne Eliada ne Elifelet, wɔyɛ baakron, wɔn nyinaa Dawid mma, ɛsono yefamnom mma. Na Tamar yɛ wɔn nuabea. Na Solomon ba ne Rehoboam, ne ba ne Abigya, ne ba Asa, ne ba Yosafat, ne ba Yoram, ne ba Ahasia, ne ba Yoas, ne ba Amasia, ne ba Asaria, ne ba Yotam, ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase, ne ba Amon, ne ba Yosia. Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan. Yehoiakim tia abien, Sedekia to so abiɛsa, Salum to so anan. Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia. Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel, ne Malkiram, ne Pedaia, ne Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia. Na Pedaia mma ne: Serubabel ne Simei. Na Serubabel mma ne: Mesulam ne Hanania ne wɔn nuabea Selomit; ne Hasuba, ne Ohel, ne Berekia ne Hasadia, Yusab-hesed, wɔyɛ baanum. Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia; Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma. Na Sekania mma ne: Semaia. Na Semaia mma ne: Hatus ne Yigal ne Baria ne Nearia ne Safat, wɔyɛ baasia. Na Nearia mma ne: Elioenai ne Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa. Na Elioenai mma ne: Hodawia ne Eliasib ne Pelaia ne Akub ne Yohanan ne Delaia ne Anani, wɔyɛ baason. Yuda mma ne: Peres, Hesron ne Karmi ne Hur ne Sobal. Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, eyinom ne Sorafo mmusua. Na eyinom ne Etam agya de: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi; ne Penuel a ɔyɛ Gedor n’agya ne Eser a ɔyɛ Husa n’agya, eyinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma. Na Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara. Na Naara woo Ahusam ne Hefer ne Temeni ne Haahastari maa no; eyinom ne Naara mma. Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan. Na Kos woo Anub ne Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua. Na Yabes nyaa anuonyam sen ne nuanom; na ne na too no din Yabes sɛ: Mede yaw na ɛwoo no. Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Oo, sɛ anka wubehyira me na woatrɛw me hye mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na ɛyaw bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa nea ɔsrɛe no bae. Na Kelub, Suha ne nua, woo Mehir a ɔne Eston agya. Na Eston woo Bet-rafa ne Pasea ne Tehina, Ir-nahas agya; eyinom ne Reka nkurɔfo. Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat. Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasim agya, efisɛ wɔyɛ adwumfo. Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela mma ne: Kenas. Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. Na Esra mma ne: Yeter ne Mered ne Efer ne Yalon; na ɔwoo Miriam ne Samai ne Yisba a ɔyɛ Estemoa n’agya. Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor n’agya, ne Heber a ɔyɛ Soko n’agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa n’agya; na eyinom ne Farao babea Bitia a Mered waree no no mma. Na Hodia yere a ɔyɛ Naham ne nuabea mma ne: Garmini Keila n’agya ne Maakatni Estemoa n’agya. Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet. Yuda ba Sela mma ni: Er a ɔyɛ Leka n’agya, ne Laada a ɔyɛ Maresa n’agya, ne Bet-asbea nwera ho adwumayɛfo fi mmusua no, ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ ofiwuranom, Moab ne Yasubi-lahem. (Nso nsɛm no yɛ adedaw.) Wɔn ne nkukunwemfo ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwuma mu hɔ na wɔte. Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Serah ne Saul; ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma. Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei. Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabea baasia; nso ne nuanom annya mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase amfɛe sɛ Yuda mma. Na wɔtenaa Beer-seba ne Molada ne Hasar-sual, ne Bilha ne Esem ne Tolad, ne Betuel ne Horma ne Siklag, ne Bet-markabot ne Hasar-susim ne Bet-biri ne Saaraim. Eyinom ne wɔn nkurow beduu Dawid ahenni so. Na wɔn nkuraa ne Etam ne Ain, Rimon ne Token ne Asan: Nkurow anum; ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkurow yi ho nyinaa de kosii Baal. Eyi ne wɔn tenabea horow ne wɔn mmusua nkanee. Na Mesobab ne Yamlek ne Amasia ba Yosa, ne Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu, ne Elioenai ne Yaakoba ne Yesohaia ne Asaia ne Adiel ne Yesimiel ne Benaia, ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa, eyinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanyimfi trɛwee pii. Na wosiim kɔɔ nea wɔnam kɔ Gedor, obon no apuei fam sɛ wɔkɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nguan. Na wohuu adidibea frɔmfrɔm a eye, na asase no mu trɛw haharaa, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kan no fi Ham. Ɛnna eyinom a wɔakyerɛw wɔn din no kɔe, Yuda hene Hesekia bere so, kɔtoaa Maonfo a wohuu wɔn wɔ hɔ no ne wɔn ntamadan, na wokunkum wɔn pasaa de besii nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ, efisɛ adidibea wɔ hɔ ma wɔn nguan. Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum fii wɔn mu siim kɔɔ Seir bepɔw so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn ti. Na wokokunkum Amalek aguanfo no nkae, na wɔtenaa hɔ de besii nnɛ. Na Israel abakan Ruben mma, na ɔno ne abakan de, nanso (Sɛ ɔne n’agya mpena bi dae nti, wɔde n’abakanyɛ no maa Israel ba Yosef mma no, enti wɔankyerɛw wɔn abakanyɛ no, anato nhoma mu. Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de). Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok Palu, Hesron ne Karmi. Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei, ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal, ne ba Beera a Asaria hene Tilgat-pilneser tuu no kɔe no; ɔno ne Rubenfo bapɔmma. Na ne nuanom, sɛ wɔn mmusua te wɔn awo horow so anato mu ne: Otitiriw Yeiel ne Sakaria, ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kosii Nebo ne Baal-meon ho. Na apuei fam nso ɔtenae de kosii sare a efi asubɔnten Eufrate ho no ano; na wɔn mmoakuw dɔɔso Gilead asase so. Na Saul bere so no, wɔne Hagarfo dii ako, na wɔtotɔe wɔn nsa ano, na wɔtenatenaa wɔn ntamadan mu Gilead apuei fam nyinaa. Na Gad mma tenaa wɔn ntentenso, Basan asase so de koduu Salka. Yoel di ti, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan. Na wɔn nuanom sɛ wɔn mpanyimfi te ne: Mikael ne Mesulam ne Seba ne Yorai ne Yakan ne Sia ne Eber, wɔyɛ baason. Eyinom ne Bus ba Yahdo ba Yesisai ba Mikael ba Gilead ba Yaroa ba Huri ba Abihail mma; Guni ba Abdiel ba Ahi di wɔn mpanyimfi so ti. Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, nea wɔn hye kɔsoe. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa anato Yuda hene Yotam bere so ne Israel hene Yeroboam bere so. Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no, nnipa a wotumi mu mmarima a wokura akyɛm ne nkrante na wokuntun ta na wɔasua akodi no si nnipa peduanan anan ne ahanson aduosia a wotumi kɔ ɔsa. Na wɔne Hagarfo ne Yetur ne Nafis ne Nodab dii ako, na wonyaa mmoa ne wɔn koe, na wɔde Hagarfo ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na otiee wɔn, sɛ wɔn ani da no so nti. Na wɔfaa wɔn mmoakuw kɔe: Wɔn yoma mpemnum ne nguan ɔpehanu aduonum ne mfurum mpennu, ne nnipa ɔpeha, nnommum. Na apirafo pii totɔe, na Onyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no fi bae. Na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ de kosii otukɔ no mu. Na Manase abusuakuw fa no mma tenaa asase no so fii Basan de kosii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔw ho; wɔdɔɔso. Na eyinom ne wɔn mpanyimfi atitiriw: Efer ne Yisi ne Eliel ne Asriel ne Yeremia ne Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wotumi, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanyimfi so atitiriw. Nanso wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wokodii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn, wɔn anim, no anyame akyi aguamammɔ so; ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asaria hene Pul ne Asaria hene Tilgat-pilneser honhom, na otuu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de wɔn koduaa Hala ne Habor ne Harsa ne asubɔnten Gosan ho de besi nnɛ. Lewi mma ne: Gersom, Kehat ne Merari. Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel. Na Amram mma ne: Aaron ne Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar. Eleasar woo Pinehas, Pinehas woo Abisua, na Abisua woo Buki, na Buki woo Usi, na Usi woo Serahia, na Serahia woo Meraiot, Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub, na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas, na Ahimaas woo Asaria, na Asaria woo Yohanan, na Yohanan woo Asaria. Ɔno na odii sɔfo asɔredan a Solomon sii Yerusalem no mu. Na Asaria woo Amaria, na Amaria woo Ahitub, na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Salum, na Salum woo Hilkia, na Hilkia woo Asaria, na Asaria woo Seraia, na Seraia woo Yosadak; na Yosadak de, AWURADE maa Nebukadnesar betuu Yuda ne Yerusalem kɔe no, ɔkɔe bi. Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari. Na eyinom ne Gersom mma din: Libni ne Simei. Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel. Merari mma ne: Mahli ne Musi. Na eyinom ne Lewifo mmusua, sɛ wɔn agyanom te no: Gersom de: Ne ba Libni, ne ba Yahat, ne ba Sima, ne ba Yoa, ne ba Ido, ne ba Serah, ne ba Yeatrai. Kehat mma ne: Ne ba Aminadab, ne ba Kora, ne ba Asir, ne ba Elkana ne ne ba Ebiasaf ne ne ba Asir, ne ba Tahat, ne ba Uriel, ne ba Usia ne ne ba Saul. Na Elkana mma ne: Amasai ne Ahimot, ne ba Elkana, ne ba Elkana-sofai, ne ne ba Nahat, ne ba Eliab, ne ba Yeroham, ne ba Elkana. Na Samuel mma ne: Abakan Wasni, ne Abigya. Merari mma ne: Mahli, ne ba Libni, ne ba Simei, ne ba Usa, ne ba Sima, ne ba Hagia, ne ba Asaia. Na eyinom ne wɔn a Dawid de sisii AWURADE fi dwom so, fi bere a adaka no nyaa ahomee no, na wɔde dwonto somee ahyiae ntamadan no tenabea no anim de kosii sɛ Solomon sii AWURADE fi no Yerusalem, na wogyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu. Na eyinom ne wɔn a wogyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kohat mma no mu: Odwontofo Heman, Yoel ba, Samuel ba, Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Toa ba, Suf ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba, Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba, Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf ba, Kora ba, Yishar ba, Kehat ba, Lewi ba, Israel ba, ne ne nua Asaf a ogyina ne nifa so, Asaf, Berekia ba, Simea ba, Mikael ba, Baaseia ba, Malkiya ba, Etni ba, Serah ba, Adaia ba, Etan ba, Simma ba, Simei ba, Yahat ba, Gersom ba, Lewi ba ne wɔn nuanom Merari mma a wogyinagyina benkum so: Etan, Kisi ba, Abdi ba, Maluk ba, Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba, Amsi ba, Bani ba, Samer ba, Mahli ba, Musi ba, Merari ba, Lewi ba. Na wɔn nuanom, Lewifo no, wɔde wɔn maa Onyankopɔn fi tenabea no som nyinaa. Na Aaron ne ne mma ne wɔn a wɔhyew afɔre ɔhyew afɔremuka ne aduhuamhyew muka no so, wɔyɛ kronkronbea adwuma no nyinaa, na wɔpata ma Israel sɛ Onyankopɔn akoa Mose hyɛe no ara. Na eyinom ne Aaron mma: Ne ba Eleasar, ne ba Pinehas, ne ba Abisua, ne ba Buki, ne ba Usi, ne ba Serahia, ne ba Meraiot, ne ba Amaria, ne ba Ahitub, ne ba Sadok, ne ba Ahimaas. Na eyinom ne wɔn tenabea horow sɛ wɔn nkurow a afasu atwa ho ahyia no te, wɔn ahye mu: Aaron mma, Kehatfo abusua no nyaa wɔn ntonto kyɛfa, na wɔmaa wɔn Hebron, Yuda asase so, ne ɛho mfikyisaase a etwa ho hyia; na kurow no ho mfuw ne ɛho nkuraa no de, wɔde maa Yefune ba Kaleb. Na wɔmaa Aaron mma Yuda nkurow, guankɔbea kurow Hebron, Libna ne ɛho mfikyisaase, Yatir, Estemoa ne ɛho mmoa adidibea nsaase, ne Hilen ne ɛho asase, Debir ne ɛho asase, ne Asan ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase. Na Benyamin abusuakuw mu nso: Geba ne ɛho mfikyisase, ne Alemet ne ɛho asase, ne Anatot ne ɛho nsaase. Wɔn nkurow nyinaa si dumiɛnsa, wɔn mmusua no mu. Na Kohat mma nkae no, abusuakuw no abusua mu no, wɔde ntonto maa wɔn nkurow du fi Manase abusuakuw fa no mu. Na Gersom mma, sɛ wɔn mmusua te no, wɔde Isakar abusuakuw ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw a ɛwɔ Basan no mu nkurow dumiɛnsa maa wɔn. Merari mma, sɛ wɔn mmusua te no, wɔde ntonto yii Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw mu nkurow dumien maa wɔn. Na Israelfo no de nkurow no ne ɛho mfikyisase momaa Lewifo no, na wɔde ntonto yiyii Yuda mma abusuakuw ne Simeon mma abusuakuw ne Benyamin mma abusuakuw mu nkurow a wɔabobɔ din yi. Na Kohat mma mmusua no bi nyaa wɔn kyɛfa mu nkurow wɔ Efraim abusuakuw mu, na wɔmaa wɔn nkurow, guankɔbea kurow Sekem ne ɛho mfikyisase, Efraim bepɔw so, ne Geser ne ɛho asase, ne Yokmeam ne ɛho asase, ne Bet-horon ne ɛho asase, ne Ayalon ne ɛho asase, ne Gat-rimon ne ɛho asase; ne Manase abusuakuw fa no mu: Aner ne ɛho mfikyisase, ne Bileam ne ɛho asase, wɔde maa Kohat mma a wɔkae no abusua. Na wɔde Golan a ɛwɔ Basan ne ɛho mfikyisaase ne Astarot ne ɛho asase a ɛwɔ Manase abusuakuw fa no abusua mu no maa Gersom mma; ne Isakar abusuakuw mu: Kedes ne ɛho mfikyisaase, Daberat ne ɛho asase; ne Ramot ne ɛho asase ne Anem ne ɛho asase, ne Aser abusuakuw mu: Masal ne ɛho mfikyisaase, ne Abdon ne ɛho asase, ne Hukok ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase; ne Naftali abusuakuw mu: Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisaase, ne Hamon ne ɛho asase, ne Kiriataim ne ɛho asase. Na wɔde Rimono ne ɛho mfikyisase ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuw mu no maa Merari mma nkae; ne Yordan-yeriko agya nso, Yordan apuei fam: Ruben abusuakuw mu: Beser wɔ sare so ne ɛho mfikyisase, ne Yahsa ne ɛho asase, ne Kedemot ne ɛho asase, ne Mefaat ne ɛho asase; ne Gad abusuakuw mu: Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mfikyisaase, ne Mahanaim ne ɛho asase, ne Hesbon ne ɛho asase, ne Yaser ne ɛho mfikyisase. Na Isakar mma ne: Tola ne Pua, Yasub ne Simron, wɔyɛ baanan. Na Tola mma ne: Usi ne Refaia ne Yeriel ne Yahmai ne Yibsam ne Samuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanyimfi atitiriw, mmarima a wotumi, wɔn awo ntoatoaso mu. Dawid bere so na wɔn dodow si ɔpeduonu abien ne ahansia. Na Usi mma ne: Yisrahia; na Yisrahia mma ne: Mikael ne Obadia ne Yoel, Yisia, wɔn baanum nyinaa yɛ atitiriw. Na wɔn a wɔka wɔn ho, sɛ wɔn awo ntoatoaso ne wɔn mpanyimfi te no, yɛ mmarima akofofo ɔpeduasa asia; efisɛ wɔwɔ yerenom ne mma pii. Na wɔn nuanom a wofi Isakar mmusua nyinaa mu no nyinaa ano si mmarima akofo ɔpeduɔwɔtwe ason a wɔkan wɔn, sɛ wɔn awo ntoatoaso te no. Benyamin de: Bela ne Beker ne Yediael, wɔyɛ baasa. Na Bela mma ne: Esbon ne Usi ne Usiel ne Yerimot ne Iri, wɔyɛ baanum, wɔn mpanyimfi so atitiriw, mmarima akofofo. Wɔn nkanee si ɔpeduonu abien ne aduasa anan. Na Beker mma ne: Semira ne Yoas ne Eliesa ne Elioenai ne Omri ne Yeremot ne Abigya ne Anatot ne Alamet. Eyinom nyinaa yɛ Beker mma. Na wɔn nkanee, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi atitiriw te, si mmarima a wotumi ɔpeduonu ne ahanu. Na Yediael mma ne: Bilhan. Na Bilhan mma ne: Yeus ne Benyamin ne Ehud ne Kenaana ne Setan ne Tarsis ne Ahisahar. Eyinom nyinaa yɛ Yediael mma, sɛ wɔn agyanom atitiriw te, mmarima akofo ɔpedunson ne ahanu, nnipa a wotumi kɔ ɔsa. Na Supim ne Hupim yɛ Ir mma. Husim yɛ Aher ba. Naftali mma ne: Yahsiel ne Guni ne Yeser ne Salum, Bilha mma. Manase mma ne: Asriel a ne yere woo no, na ne yefam Aramni woo Makir a ɔyɛ Gilead n’agya; na Makir waree Hupim ne Supim nuabea a ne din de Maaka. Na ne babarima a otia abien din de Selofehad; na Selofehad nyaa mmabea [nko]. Na Makir yere Maaka woo babarima a ɔtoo no din Peres, na ne nua din de Seres. Na ne mma ne: Ulam ne Rakem; na Ulam mma ne: Bedan. Eyinom ne Manase ba Makir ba Gilead mma. Na ne nuabea Moleket woo Is-dod ne Abieser ne Mahla. Na Semida mma ne: Ahian ne Sekem ne Likhi ne Aniam. Na Efraim mma ne: Sutela ne Bered, ne ba, ne Tahat, ne ba, ne Elada, ne ba, ne Tahat, ne ba, ne Sabad, ne ba, ne Sutela, ne ba, ne Eser ne Elad. Na Gat mmarima a wɔwoo wɔn asase no so no kum wɔn, efisɛ wosian kɔe sɛ wɔkɔfa wɔn mmoakuw akɔ. Na wɔn agya Efraim gyam wɔn nna pii, na ne nuanom bae bɛkyekyee ne werɛ. Na ɔkɔɔ ne yere ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, efisɛ adebɔne na ɛbaa ne fi. Na ne babea ne Seera a ɔkyekyee anafo ne atifi Bet-horon ne Usen-seera. Na ne ba ne Refa ne Resef, ne ba Tela, ne ba Tahan, ne ba Ladan, ne ba Amihud, ne ba Elisama, ne ba Nun, ne ba Yosua. Na wɔn agyapade ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa ne apuei fam Naaran ne atɔe fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kodu Gasa ne ɛho nkurowa. Na Manase mma nkyɛn mu no, wɔwɔ Bet-sean ne ɛho nkurowa, Tanak ne ɛho nkurowa, Megido ne ɛho nkurowa, Dor ne ɛho nkurowa. Eyinom mu na Israel ba Yosef mma te. Aser mma ne: Yimna ne Yiswa ne Yiswi ne Beria ne wɔn nuabea Sera. Na Beria mma ne: Heber ne Malkiel, ɔne Birsait agya. Na Heber woo Yaflet ne Somer ne Hotam ne wɔn nuabea Sua. Na Yaflet mma ne: Pasak ne Bimhal ne Aswat. Eyinom ne Yaflet mma. Na Semer mma ne: Ahi ne Rohga, Yehuba ne Aram. Na ne nua Helem mma ne: Sofa ne Yimna ne Seles ne Amal. Sofa mma ne: Suah ne Harnefer ne Sual ne Beri ne Yimra; Beser ne Hod ne Sama ne Silsa ne Yitran ne Beera. Na Yeter mma ne: Yefune ne Pispa ne Ara. Na Ula mma ne: Arah ne Haniel ne Risia. Eyinom nyinaa yɛ Aser mma mpanyimfi so atitiriw, mmarima akofofo a wɔapaw wɔn, mmapɔmma mu atitiriw; na wɔn a wɔkan wɔn maa ɔsakɔ sɛnea wɔn awo ntoatoaso te no si mmarima ɔpeduonu asia. Na Benyamin woo Bela, n’abakan, Asbel a otia abien, ne Ahara a ɔto so abiɛsa, Noha a ɔto so anan, ne Rafa a ɔto so anum. Na Bela mma ne: Adar ne Gera ne Abihud, ne Abisua ne Naaman ne Ahoa, ne Gera ne Sefufan ne Huram. Na eyinom ne Ehud mma, eyinom ne Gebafo agyanom atitiriw, na wotuu wɔn kɔɔ Manahat, ne Naaman ne Ahia ne Gera, ɔno na otuu wɔn kɔe, na ɔwoo Usa ne Ahihud. Na Saharaim woe Moab asase so, nso na wagya ne yerenom Husim ne Baara kwan. Na ɔne ne yere Hodes woo Yobab ne Sibia ne Mesa ne Malkam, ne Yeus ne Sakia ne Mirma. Eyinom ne ne mma a wɔyɛ agyanom atitiriw. Na ɔne Husim woo Abitub ne Elpaal. Na Elpaal mma ne: Eber ne Misam ne Semed a ɔkyekyee Ono ne Lod ne ɛho nkurowa, ne Beria ne Sema, wɔn ne Ayalonfo agyanom atitiriw, wɔn na wɔpam Gatfo. Na Ahio, Sasak ne Yeremot, ne Sebadia ne Arad ne Eder, ne Mikael ne Yispa ne Yoha ne Beria mma. Na Sebadia ne Mesulam ne Hiski ne Heber, ne Ismerai ne Yislia ne Yobab ne Elpaal mma. Na Yakim ne Sikri ne Sabdi ne Elienai ne Siletai ne Eliel, ne Adaia ne Beraia ne Simrat ne Simei mma. Na Yispan ne Eber ne Eliel, ne Abdon ne Sikri ne Hanan, ne Hanania ne Elam ne Antotigya ne Yifdeia ne Penuel ne Sasak mma. Na Samserai ne Seharia ne Atalia, ne Yaaresia ne Elia ne Sikri ne Yeroham mma. Eyinom ne agyanom atitiriw, wɔn awo ntoatoaso so atitiriw. Eyinom tenaa Yerusalem. Na wɔn a wɔtenaa Gibeon ne Gibeon n’agya [Yeiel] a ne yere din de Maaka, ne n’abakan Abdon ne Sur ne Kis ne Baal ne Nadab, ne Gedor ne Ahio ne Seker. Na Miklot woo Simea; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentenso, Yerusalem, kaa wɔn nuanom ho. Na Ner woo Kis, na Kis woo Saul, na Saul woo Yonatan ne Malkisua ne Abinadab ne Esbaal. Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika. Na Mika mma ne: Piton ne Melek ne Tarea ne Ahas. Na Ahas woo Yehoada, na Yehoada woo Alemet ne Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. Na Mosa woo Binea, ne ba Rafa, ne ba Eleasa, ne ba Asel. Na Asel woo mmammarima baasia, na wɔn din ni: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hana. Eyinom nyinaa yɛ Asel mma. Na ne nua Esek mma ne: N’abakan Ulam, Yeus a otia abien, ne Elifelet a ɔto so abiɛsa. Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfo a wotumi, wokuntun ta, na wɔwɔ mma bebree ne mmanananom ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefo. Na wɔkan Israel nyinaa kyerɛw wɔn din sɛ wɔn mmusua te, na hwɛ, wɔakyerɛw wɔn din wɔ Israel ne Yuda ahene nhoma mu. Wotuu wɔn koduaa Babel, wɔn amumɔyɛ nti. Na wɔn a wɔtenaa asase no so kan, wɔn agyapade mu, wɔn nkurow mu ne Israel, asɔfo, Lewifo ne nsɔfokwaa. Na Yerusalem de, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom na wɔtenatenaa hɔ: Bani a ofi Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai; na Silonfo mu de: Abakan Asaia ne ne mma; na Serah mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduakron. Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu, ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam, ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum asia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitiriw, wɔn mpanyimfi so. Na asɔfo no mu: Yedaia ne Yehoiarib ne Yakin, ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn fi bapɔmma; ne Malkiya ba Pashur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai, ne wɔn nuanom, wɔn mpanyimfi so atitiriw, apem ahansɔn aduosia, mmarima a wotumi Onyankopɔn fi som adwuma no. Na Lewifo mu de: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia, ne Bakbakar, Heres ne Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania, ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafo nkuraa mu no. Na aponanohwɛfo no: Salum ne Akub ne Talmon ne Ahiman ne wɔn nuanom; Salum na odi ti. Na ɛde besi sesɛɛ wɔwɔ ɔhene pon ano apuei fam, wɔn ne Lewi mma nsra ano ahwɛfo. Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom a wofi n’agya fi, Korafo no, na ɛwɔ ɔsom adwuma no so wɛn ntamadan no pon ano, se wɔn agyanom hwɛɛ AWURADE nsra no so wɛn emu hyɛn no. Na Eleasar ba Pinehas na odi wɔn so bapɔmma kan no, na AWURADE dii n’akyi. Meselemia ba Sakaria ne ahyiae ntamadan no ponanohwɛfo. Wɔn a wɔpaw wɔn de wɔn sisii aponanohwɛfo nyinaa si ahanu ne dumien. Wɔn na wɔkan wɔn kyerɛw ne wɔn din, mmusua so, wɔn nkurase, wɔn nso na Dawid ne ɔdehufo Samuel de wɔn adwuma yi hyɛɛ wɔn nsa. Na wɔne wɔn mma wɔ apon no ano AWURADE fi, ntamadan fi no, wɛn; mframa anan no ano na apon ano hwɛfo no wɔ, apuei, atɔe, atifi fam ne anafo fam. Nanso ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson bɛka eyinom ho; efisɛ wɔde adwuma no ahyɛ aponanohwɛfo mpanyin baanan, Lewifo no, nsa, na wɔn na wɔhwɛ Onyankopɔn fi mpumpunu ne adekora adan no so. Na Onyankopɔn fi no ho ho na wɔtetee hyia anadwo, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na wohiɛhiɛ daa anɔpa. Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nneɛma no so, na wobu ano de ba mu, na wobu ano de fi adi. Na wɔde wɔn mu binom asisi nneɛma ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ne asikresam ne nsa ne ngo ne ohuamfufu ne nnuhuam no so. Na asɔfo mma no binom de nneɛma frafra yɛ nnuhuam sra ngo no. Na Matitia a ofi Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii kyew nnade mu atode to so. Na Kehatfo mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom hwɛ kyerɛ abodoo no so, siesie no daa homeda. Na eyinom ne nnwontofo no, Lewifo mu agyanom atitiriw a wɔte mpumpunu no mu, nyɛ adwuma foforo biara, efisɛ wɔyɛ adwuma no awia ne anadwo. Eyinom ne Lewifo mu agyanom atitiriw, atitiriw sɛ wɔn mmusua te. Eyinom na wɔtete Yerusalem. Na wɔn a wɔte Gibeon ne Gibeon agya Yeiel, na ne yere din de Maaka; na n’abakan Abdon, ne Sur ne Kis ne Baal ne Ner ne Nadab, ne Gedor ne Ahio ne Sakaria ne Miklot. Na Miklot woo Simea. Na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentenso Yerusalem, wɔne wɔn nuanom. Na Ner woo Kis, na Kis woo Saul, na Saul woo Yonatan ne Malkisua ne Abinadab ne Esbaal. Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika. Na Mika mma ne: Piton ne Melek ne Tahrea ne Ahas. Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet ne Asmawet ne Simri, na Simri woo Mosa, na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Eleasa, ne ba Asel. Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din ni: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Eyinom ne Asel mma. Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima gui Filistifo anim, na apirafo totɔe Gilboa bepɔw so. Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo kum Yonatan ne Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saul mma no. Na ɔko no den Saul, na agyantofo bɛtoo no, na ne ho yeraw no agyantofo no anim. Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so. Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrante so na ɔtɔe. Na Saul tɔe, na ne mma baasa no ne ne fi nyinaa totɔe prɛko. Na Israelfo a wɔwɔ obon no mu nyinaa hui sɛ asraafo no aguan, na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw wɔn nkurow guanee. Na Filistifo bae bɛtenatenaa mu. Na n’adekyee no, Filistifo baa atɔfo no ho nneɛma yiyi, na wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so. Na woyiyii wɔn ho ade, na wɔfaa ne ti ne n’akode somae ma wɔde kyinii Filistifo asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no. Na wɔde n’akode no kosiee wɔn anyame fi, na ne tikora de, wɔde kɔfam Dagon fi. Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no, akofofo no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saul amu ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wobesiee wɔn nnompe no odupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wodii mmuada nnansɔn. Na Saul wui ne fom a ɔfom AWURADE no ne AWURADE asɛm a wanni so no ne sɛ nso okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade hwehwɛɛ n’akyi kwan, na wanhwehwɛ AWURADE akyi kwan nti, na okum no, na ɔdan ahenni no maa Yese ba Dawid. Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ, w’abusuafo ne yɛn. Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma. Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no. Na Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem, ɛne Yebus, efisɛ ɛhɔ na Yebusifo a wɔyɛ asase no sofo no te. Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kurow no. Na Dawid kae sɛ: Obiara a obekum Yebusifo kan no, ɔbɛyɛ otitiriw ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔe kan, na ɔyɛɛ otitiriw. Na Dawid tenaa aban no mu, na enti wɔfrɛ no Dawid kurow. Na Dawid kyekyeree kurow no hyiae de fi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiei ɔman no a ɛkae no. Na Dawid de kɛseyɛ ara, na asafo AWURADE dii n’akyi. Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no mu atitiriw a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahenni mu, sɛ wɔne Israel nyinaa besi no hene, sɛnea AWURADE kae Israel ho no. Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no dodow: Hakmonini Yasobeam, odi akunini no ti, ɔno na ɔde ne peaw kunkum nnipa ahasa prɛko. Na n’akyi na Ahohini Dodo ba Eleasar di, ɔfra nnɔmmarima baasa no mu. Ɔno na ɔne Dawid wɔ Pas-damim, na Filistifo aboaboa wɔn ho ano hɔ sɛ wɔrebedi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atoko ayɛ so ma, na ɔman no guan fii Filistifo anim, na wokogyinaa asasewa no mfinimfini gyei, na wokum Filistifo no, na AWURADE de nkonimdi kɛse gyee wɔn. Na atitiriw aduasa no mu baasa sian kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifo dɔm abɔ nsra Refaim bon mu. Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu. Na ɛdɔɔ Dawid kɔn, na ɔkae sɛ: Hena na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu manom? Na mmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE, na ɔkae sɛ: Me Nyankopɔn mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam yi mogya? Na wɔn nkwa na wɔde kɔfa bae yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe. Na Yoab ne nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ɔwɔ din baasa no mu. Nnipa baasa no mu na ɔwɔ anuonyam sen baanu no, na odi wɔn safohene, nanso wanto kan baasa no. Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyi a ofi Kabseel a ɔyɛɛ nneɛma akɛse: Ɔno na okum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno ara nso sian kokum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛma atɔ. Na ɔno ara nso kokum Misraimni barima bi a ne tenten yɛ basafa abien ne fa, na Misraimni no kura peaw a ɛte sɛ ɔtamanwemfo nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni no nsam peaw no de n’ankasa peaw no kum no. Eyi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ɔwɔ din nnɔmmarima baasa no mu. Hwɛ, ɔwɔ anuonyam sen akunini aduasa no, nanso kan baasa no de, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafo so. Na dɔm no mu nnɔmmarima no ne: Yoab ne nua Asahel, Betlehemni Dodo ba Elhanan, Harodini Samot, Pelonni Heles, Tekoani Ikes ba Ira, Anatotni Abieser, Husani Sibekai, Ahohini Ilai, Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heled, Ribai a ofi Gibea a ɛwɔ Benyamin mma mu ba Itai, Piratonni Benaia, Gaasni Hurai, Aribani Abiel, Baharumni Asmawet, Saalbonni Eliahba, Gisonni Hasem mma, Hararini Sage ba Yonatan, Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal, Mekerani Hefer, Pelonni Ahia, Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai, Natan ne nua Yoel, Hagri ba Mibhar, Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodekurafo, Yitrini Ira, Yitrini Gareb, Hetini Uria, Ahlai ba Sabad, Rubenni Sisa ba Adina a ɔyɛ Rubenfo so otitiriw, na nnipa aduasa ka ne ho; Maaka ba Hanan, Mitni Yosafat, Asterani Usia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel, Simri ba Yediael ne Tisini Yoha a ɔyɛ ne nua, Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, Moabni Yitma, Eliel ne Obed ne Mesobaiani Yaasiel. Na eyinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag bere a ɔda so siw ne ho so Kis ba Saul anim no, na wɔn nso fra nnɔmmarima a wɔboaa no akodi mu no mu, takurafo a wotumi de nifa ne benkum tow abo ne agyan. Saul ne nuanom a wofi Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a odi ti ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel, ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu, ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na odi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad, Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harufini Sefatia, Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafo; ne Yoela ne Sebadia, Yeroham a ofi Gedor mma. Na Gadfo mu nnipa a wɔtew wɔn ho baa Dawid nkyɛn sare so atenae no mu, nnɔmmarima a wotumi na wɔyɛ akofofo a wokura kyɛm ne peaw, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔw so adowa ni: Eser di ti, Obadia di hɔ, Eliab to so abiɛsa, Mismana to so anan, Yeremia to so anum, Atai to so asia, Eliel to so asɔn, Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron, Yeremia to so du, Makbanai to so dubiako. Eyinom fi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitiriw. Obiako, akumaa betumi ɔha, na ɔkɛse betumi apem. Eyinom ne wɔn a wotwaa Yordan, ɔsram a edi kan no so a ayiri ne kɔn nyinaa so no, na wɔkaa abon no mufo nyinaa gui, apuei fam ne atɔe fam. Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenae no mu hɔ. Na Dawid fii adi baa wɔn anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asomdwoe so na moba me nkyɛn sɛ morebɛboa me a, ɛnne menya mo ho koma pa sɛ yɛbɛyɛ biako. Na sɛ morebeyi me ama m’atamfo a, ɛnne amumɔyɛ bi nni me nsam yi, yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn. Ɛnna honhom no kaa Amasai, aduasa no mu otitiriw, na ɔkae sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid, na yɛwɔ w’afa, Yese ba. Asomdwoe, asomdwoe nka wo, na asomdwoe nka w’aboafo, na wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitiriw. Na Manasefo mu binom nso wae bɛdɔm Dawid, bere a ɔne Filistifo reba ne Saul abɛko no. (Nanso Filistifo no ammoa wɔn, efisɛ Filistifo mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn ti na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saul nkyɛn). Na osiim kɔɔ Siklag no, Manasefo mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem so atitiriw. Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afowfo asafo no dii asi. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima a wotumi, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene. Na daa, sɛ wɔde Dawid nkyɛn ba ara ni, sɛ wɔrebɛboa no, kosii sɛ wɔyɛɛ nsra kokuroo sɛ Onyankopɔn nsra. Na wɔn a wɔamia ama akodi a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔrebɛdan Saul ahenni ama no sɛ AWURADE asɛm se no dodow ni: Yuda mma a wokura akyɛm ne mpeaw a wɔamia ama akodi, mpemnsia ahanwɔtwe, Simeon mma mu nnɔmmarima a wotumi akodi, mpemnson ne ɔha, Lewi mma mu, mpemnan ahansia, ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho, ne Sadok, aberante dɔmmarima a otumi, ne n’agya fi asafohene aduonu abien ne Benyamin mma, Saul nuanom, mu mpensa. Na ɛde besi bere no mu na wɔn mu dodow ara bata Saul fi ho ara; ne Efraim mma mu: Ɔpeduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima a wotumi, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanyimfi mu; Manase abusuakuw fa no mu, ɔpedunwɔtwe a wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmesi Dawid hene. Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmere mu nhumufo a wobehu nea ɛsɛ sɛ Israel yɛ, wɔn atitiriw ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn. Sebulon mu nnipa ɔpeduonum a wonim akodi yiye a wɔde akode nyinaa amia ama ɔsakɔ sɛ wɔde koma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid. Naftali mu asafohene apem a nnipa a wokura akyɛm ne mpeaw ɔpeduasa ason ka wɔn ho. Danfo mu nnipa a wɔba bɛboaa Dawid ahensi a wɔamia ama akodi no ano si ɔpeduonu awotwe ne ahansia; Aser mu nnipa a wotumi kɔ akono ɔpeduanan na wɔbae; ne wɔn a wofi Yordan agya a wofi Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no mu nnipa a wokura akode ahorow nyinaa, ɔpeha ne ɔpeduonu. Mmarima akofofo a wɔde koma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua so yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebesi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkae no nyinaa nso nyaa Dawid ahensi ho koma koro. Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee, efisɛ wɔn nuanom ahwɛ wɔn akyi. Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kosi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduan bae, mfurum ne yoma ne mfurumpɔnkɔ ne anantwi so, osiam aduan ne borɔdɔma tetare ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwi ne nguan pii, efisɛ anigye aba Israel. Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina, na Dawid ka kyerɛɛ Israel bagua no nyinaa sɛ: Sɛ eye mo ani so na efi AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsaase nyinaa so ne asɔfo ne Lewifo a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkurow mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ho ano mmra yɛn nkyɛn, na yɛnkɔfa yɛn Nyankopɔn adaka no mmra yɛn nkyɛn; na Saul bere so no, yɛammisa akyi kwan. Ɛnna bagua no nyinaa kae sɛ wɔnyɛ sa, efisɛ asɛm no sɔɔ ɔman no nyinaa ani. Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba. Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn AWURADE a ɔte kerubim so a wɔbɔ ne din frɛ no no adaka no afi hɔ aba. Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo bi so de fii Abinadab fi. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no. Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto. Na woduu Kidon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kosoo adaka no mu, efisɛ, na anantwi no hinhim. Na AWURADE bo fuw Usa, na okum no, sɛ ɔteɛɛ ne nsa kaa adaka no nti, na owui Onyankopɔn anim hɔ. Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abu aba Usa so, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de besi nnɛ. Na Dawid suroo Onyankopɔn da no, na ɔkae sɛ: Mede Onyankopɔn adaka no mɛba me nkyɛn dɛn? Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kurow no mu, na ɔde man kɔɔ Gatni Obed-edom fi. Na Onyankopɔn adaka no sii Obed-edom ne ne fifo nkyɛn asram abiɛsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa. Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn, wɔde nkyeneduru nnua ne abantofo ne nnuapaefo bae sɛ wommesi ɔdan mma no. Na Dawid hui sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahenni so. Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmabea bio. Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din ni: Samua ne Sobab, Natan ne Solomon, ne Yibhar ne Elisua ne Elpelet, ne Noga ne Nefeg ne Yafia, ne Elisama ne Beeliada ne Elifelet. Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, ofii adi kohyiaa wɔn. Na Filistifo no bae de bɛyeree Refaim bon mu. Ɛnna Dawid kobisaa Onyankopɔn sɛ: So menkɔ Filistifo no ho na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn mɛhyɛ wo nsa. Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkum wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kae sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfo mu me nsam, sɛ nsu mu pae no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim Na wogyigyaw wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid kae ma wɔde ogya hyewee. Na Filistifo no san foro bae bio de bɛyeree obon no mu. Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkodi wɔn akyi, dan fi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so. Na sɛ wote ɔnantew nka baka nnua no atifi a, ɛnne fi kɔko, na Onyankopɔn afi redi w’anim akokum Filistifo dɔm no. Na Dawid yɛe sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wokunkum Filistifo dɔm no fii Gibeon de kosii Geser. Na Dawid din hyetaa nsaase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu baa amanaman no nyinaa so. Na osisii adan Dawid kurow mu, na osiesiee afa bi maa Onyankopɔn adaka no, na osii ntamadan maa no. Ɛno mu na Dawid kae sɛ obiara nnsoa Onyankopɔn adaka no sɛ Lewifo no ara nko, na wɔn na AWURADE apaw wɔn sɛ wɔnsoa Onyankopɔn adaka no na wɔnsom no daa. Na Dawid boaa Israel nyinaa ano behyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no. Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifo no ano: Kohat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu. Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu. Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa. Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu. Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe. Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha ne dumien. Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfo no, ne Lewifo no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifo mu agyanom atitiriw, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra nea masiesie mama no hɔ; na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so. Ɛnna asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba. Na Lewifo mma no soaa Onyankopɔn adaka no, sɛnea Mose hyɛe, sɛnea AWURADE kae no; wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho. Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu. Na Lewifo no yii Yoel ba Heman, ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf, ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ. Na wɔde wɔn nuanom a wɔto so abien kaa wɔn ho: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel, aponanohwɛfo no. Na nnwontofo Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere nnawuta ma wɔtee nka, na Sakaria ne Asiel ne Semiramot ne Yehiel ne Uni ne Eliab ne Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta asanku, mmabaa nne so. Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten, nne a ɛto so awotwe so. Na Kenania, Lewifo safohene wɔ soma mu, odi soma no so, efisɛ ɔyɛ nhumufo. Na Berekia ne Elkana ne adaka no aponanohwɛfo. Na Sebania ne Yosafat ne Netanel ne Amasai ne Sakaria ne Benaia ne Eliesa, asɔfo no, ne ntorobɛntohyɛnfo a wɔhyɛn ntorobɛnto, Onyankopɔn adaka no anim. Na Obed-edom ne Yehia ne adaka no aponanohwɛfo. Ɛnna Dawid ne Israel mpanyin ne mpem so asafohene no siim kɔe, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Obed-edom fi aba, anigye mu. Na Onyankopɔn boaa Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre. Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifo a wɔso adaka no nyinaa, ne nnwontofo no, ne ɔsafohene Kenania a odi soma no so no wɔ nnwontofo no mu; na Dawid hyɛ nwera asɔfotade. Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen. Na AWURADE apam adaka no duu Dawid kurom no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔregoru no, obuu no animtiaa ne koma mu. Na wɔde Onyankopɔn adaka no baa mu de besii ntamadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, Onyankopɔn anim. Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no. Na ɔkyekyɛɛ Israelfo nyinaa, mmarima ne mmea, obiara abodoo sebɔw ne nankum ne bobe aba tetare. Na ɔyeyɛɛ Lewifo no mu bi asomfo, AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ. Asaf na odi ti, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-edom ne Yeiel, wokurakura mmɛnta asanku ne nsankuten, na Asaf de, ɔbɔ nnawuru a egyigye. Na Benaia ne Yahasiel, asɔfo no hyɛn ntorobɛnto daa di Onyankopɔn apam adaka no anim. Da no ara na Dawid ma wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kan. O Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wonhu ne nneyɛe aman mu. Monto no dwom, monto no ayeyi dwom, monka n’anwonwade nyinaa. Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE koma ntɔ wɔn yam. Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi. Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm, mo, n’akoa Israel asefo, Yakob a ɔfaa no no mma. Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmude wɔ asase nyinaa so. Monkae n’apam no nkosi daa, asɛm a ɔhyɛɛ awo ntoatoaso apem no, sɛ ɔne Abraham pamee no, ne ne ntam a ɔkaa Isak no. Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde, ne Israel sɛ daa apam kae sɛ: Wo na mede Kanaan asase mɛma wo, sɛ mo agyapade a wɔakyɛ no susuhama so. Bere a mo ano nnɔɔso, na moyɛ nnipa kakraa bi ne ahɔho wɔ mu, na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu, wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu, wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim: Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi. Monto AWURADE dwom, asase nyinaa, mompae ne nkwagye mfi da nkɔ da mu. Monka n’anuonyam wiase aman mu, ne n’anwonwade aman nyinaa mu. Na AWURADE yɛ ɔkɛse na ɔsɛ ayeyi sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa so. Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro. Nidi ne anuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea. Aman mmusuakuw, momma AWURADE, momma AWURADE anuonyam ne tumi. Momfa AWURADE din anuonyam no mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’anim. Monsɔre AWURADE ahokeka kronkron mu. Asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim. Nso wiase tim hɔ, ɛrenhim. Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no; wɔnka amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene. Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo. Mfuwa ne nea ɛwɔ mu nyinaa bedi ahurusi. Ɛno na kwae mu nnua bɛto ahosan dwom, AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn. Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho. Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ. Ɛnna ogyaw Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa sɛnea ehia da biara; na Obed-edom ne wɔn nuanom si aduosia awotwe, na Yedutun ba Obed-edom ne Hosa yɛɛ aponanohwɛfo. Na ogyaw ɔsɔfo Sadok ne ne nuanom hɔ AWURADE anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre, ɔhyew afɔremuka no so mma AWURADE daa yi anɔpa ne anwummere nyɛ sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa. Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔpaw wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkae, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔe wɔ hɔ daa; na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano. Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi, na Dawid nso san kɔe kohyiraa ne fi. Na Dawid te ne fi no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete nkyeneduru dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntama ase. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ade biara a ɛwɔ wo koma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi. Na anadwo no ara, Onyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ɛnyɛ wo na wubesi ɔdan ama me na matena mu. Na mentenaa ɔdan mu pɛn fi da a mikoyii Israel mebae no de abedu nnɛ da yi, na mmom mifi ntamadan mu mekɔ ntamadan mu, na mifi tenabea mekɔ tenabea. Baabiara a me ne Israel nyinaa nennamee no, so maka makyerɛ Israel akannifo no a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu bi sɛ: Ɛdɛn nti na munsi nkyeneduru dan mma me? Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛɛ na asafo AWURADE se: Me de, mefaa wo mifii nguan adidibea nguan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin, na madi w’akyi baabiara a wokɔe, na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛse din. Na mesiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanhaw wɔn bio, na amumɔyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kan no, ne nna a mehyɛɛ akannifo no sɛ wonni me man Israel so no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka mekyerɛ wo sɛ AWURADE besi ofi ama wo. Na sɛ wo nna wie du na wokɔ w’agyanom nkyɛn asaman a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyi a obefi wo mma mu, na mama n’ahenni atim. Ɔno na obesi ɔdan ama me, na mɛma n’agua atim akosi daa. Me de, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔe nso merenyi mimfi ne ho, sɛnea miyii nea odi w’anim no ho no. Na mede no mesi me fi ne m’ahenni mu akosi daa, na n’ahengua betim hɔ akosi daa. Sɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hena ne me fi, na wode me abedu sesɛɛ yi? Nanso eyi yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fi ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro, AWURADE Nyankopɔn. Dɛn na Dawid nka nkyerɛ wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa anuonyam? Na wo na wunim w’akoa. AWURADE, w’akoa nti, ne sɛ ɛwɔ wo koma mu no, na woadi saa asɛnkɛse yi nyinaa, sɛ worema wɔahu asɛnkɛse no nyinaa. AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, na Onyankopɔn biara nni w’akyi sɛnea yɛde yɛn aso ate no nyinaa. Na hena na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man biako a Onyankopɔn akogye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode ade akɛse ne ade a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wugyee wɔn Misraim no anim no? Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekosi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn. Na afei, AWURADE, asɛm a wokae w’akoa ho ne ne fi ho no, ma entim nkosi daa, na yɛ sɛnea woaka no; na entim, na wo din no nso kɛse nkosi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, ne Nyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fi nsi w’anim pintinn. Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asitiw sɛ wubesi ofi ama no, enti na w’akoa nso ahu sɛnea ɔbɔ mpae w’anim yi. Na afei, AWURADE, wo ara ne Nyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi, na afei ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira w’akoa fi, na ensi w’anim daa; na nea wo, AWURADE, wuhyira no no na wɔahyira no. Na eyi akyi no, Dawid kunkum Filistifo, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ogyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifo nsam. Na okunkum Moabfo nso, na Moabfo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu. Na Dawid kyeree ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefo mpemnson ne anammɔn mufo ɔpeduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de. Na Siriafo a wɔwɔ Damasko no bae bɛboaa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafo no mu nnipa ɔpeduonu abien. Na Dawid de bansifo sii Siriafo a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔ. Na Dawid gyee sika akyɛm a Hadadeser nkoa kurakurae no de baa Yerusalem. Na Dawid faa kɔbere bebree pa fii Hadadeser nkurow Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Solomon de yɛɛ kɔbere po ne adum ne kɔbere nneɛmanneɛma no. Na Hamat hene Tou tee sɛ Dawid aka Soba hene Hadadeser dɔm nyinaa agu no, ɔsomaa ne ba Hadoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu nti, efisɛ Hadadeser ne Tou di dɔm, na okura sika ne dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow nyinaa bae. Ɛnonom nso na ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE, ne dwetɛ ne sika a ɔkɔsoae fi amanaman no nyinaa, Edomfo ne Moabfo ne Amonfo ne Filistifo ne Amalekfo mu no. Nanso Seruia ba Abisai kum Edomfo mu nnipa ɔpedunwɔtwe wɔ Nkyene-bon no mu. Na ɔde bansifo sii Edomfo so, na Edomfo nyinaa dan Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim nea ɔkɔ nyinaa. Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na odii atemmusɛm ne asɛntrenee maa ne man nyinaa. Na Seruia ba Yoab na odi dɔm no so. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefo. Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfo. Na Sawsa ne ɔkyerɛwfo. Na Yehoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo a wɔyɛ asraafo no so. Na Dawid mma a wodi kan no na wɔyɛ ɔhene no ankɔbeafo. Na eyi akyi no, Amonfo hene Nahas wui, na ne ba bedii n’ade. Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa abɔfo sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya nti. Na Dawid nkoa no siim kɔɔ Amonfo asase so kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔnkɔma no hyɛden. Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi? Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na oyiyii wɔn, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa de beduu wɔn nsrɛkyiri, na ogyaa wɔn kwan. Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba. Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfo de dwetɛ dwetikɛse apem soma ma wɔde kogyee Mesopotamia ne Maaka-siria ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo adɔm, na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ. Na Dawid tee no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe. Na Amonfo no fii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kurow no pon ano. Na ahene a wɔbae no, wɔn nko dii petee mu. Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no so n’anim ne n’akyi no, ɔpaw Israel mu mmerante nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kohyiaa Siriafo. Na ɛdɔm no nkae no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kohyiaa Amonfo no. Na ɔkae sɛ: Sɛ Siriafo yɛ den sen me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfo yɛ den sen wo a, mɛba mabɛboa wo. Hyɛ wo ho den na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na AWURADE de, nea ɔpɛ na ɔnyɛ. Na Yoab ne dɔm a ɛka ne ho no twiw bɛn Siriafo anim ne wɔn koe, na wogui n’anim. Na Amonfo no hui sɛ Siriafo agu no, wɔn nso gui ne nua Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Na Yoab san baa Yerusalem. Na Siriafo no hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔsomaa abɔfo kɔpɔn Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae, na Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛw dɔm no mu sɛ okohyia Siriafo no ne wɔn ako, na wɔne no koe. Na Siriafo no gui Israel anim, na Dawid kunkum Siriafo no mu nteaseɛnamfo mpemnson ne anammɔn mufo mpemnan, na okum ɔsahene Sofak nso. Na Hadadeser nkoa hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom no. Na Siriafo ampɛ sɛ wɔboa Amonfo no bio. Na afe no twaa mu no, ɛbere a ahene tu sa mu no, Yoab de dɔm ne ahoɔden nyinaa kɔe kɔsɛee Amonfo asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu, na Dawid de, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na obubui. Na Dawid yii wɔn hene abotiri fii ne ti, na ohui sɛ ne duru yɛ sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu; na wɔde bɔɔ Dawid ti. Na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae. Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde awan ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem. Na eyi akyi no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifo. Ɛno mu na Husani Sibekai kum Sipai a ofi abran mma no mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase. Na wɔne Filistifo nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kum Gatni Goliat ne nua Lahmi, na ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua. Na wonyaa ɔko bio wɔ Gat, na ɔbarima tenten bi wɔ hɔ a ne nsatea ne ne nansoa yɛ asia asia, esi aduonu anan, na ɔno nso wɔwoo no maa abran no. Na otwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid ne nua Sima ba kum no. Eyinom na wɔwoo wɔn maa abran no wɔ Gat, na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsa ano. Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfi Beer-seba nkodu Dan, na mummebua me, na minhu wɔn dodow. Na Yoab kae sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛnea wɔte yi mpɛn ha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Ɛdɛn nti na me wura rehwehwɛ eyi? Ɛdɛn nti na ɛnyɛ asodi mma Israel? Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab so den. Na Yoab fii adi kokyin faa Israel nyinaa mu, na ɔsan baa Yerusalem. Na Yoab de ɔman no anobu dodow brɛɛ Dawid: Na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne ɔpeha, nnipa a wɔtwe nkrante. Na Yuda ano si ɔpehanan aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtwe nkrante. Na Lewi ne Benyamin de, Yoab ankan wɔn, efisɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi. Nanso asɛm yi ansɔ Onyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid dehufo Gad sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede resi w’anim, fa emu biako na menyɛ wo. Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Fa emu biako: Sɛ mfe abiɛsa ɔkɔm oo, anaa asram abiɛsa aguan w’ahohiafo anim a w’atamfo nkrante reto wo oo, anaa AWURADE afoa ne asase no so yaredɔm nnansa a AWURADE bɔfo resɛe nnipa Israel ahye nyinaa mu oo, afei hwɛ mmuae a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ, ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhwe. Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa ɔpeduɔson wuwui. Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔresɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na onuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe hɔ no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfo no gyina Yebusini Ornan awiporowbea ho. Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn. Ɛnna AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ Dawid mforo nkɔ nkosi afɔremuka mma AWURADE, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ. Na Dawid foro kɔe sɛnea Gad de AWURADE din kae no. Na Ornan dan ne ho, na ohuu ɔbɔfo no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho hintawee; nso na Ornan reporow awi. Na Dawid duu Ornan nkyɛn no, Ornan dan n’ani na ohuu Dawid. Ɛnna ofii adi fii awiporowbea hɔ, na ɔkotow Dawid de n’anim butuw fam. Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa awiporowbea yi ma me na minsi so afɔremuka memma AWURADE. Fa ma me sɛ ne bo te, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so. Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ mema anantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ne ɔporow teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina ne awi a wɔde bɛyɛ aduan afɔre, mede ne nyinaa mema. Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no sɛ ne bo te, na meremfa ade a ɛyɛ wo de memma AWURADE, nso meremfa atetade mmɔ ɔhyew afɔre. Na Dawid maa Ornan sika a wɔakari nnwetɛbona ahansia de tɔɔ ɛhɔ. Na Dawid sii hɔ afɔremuka maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya fii soro gyee no so ɔhyew afɔremuka no so. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ ɔbɔfo no, na ɔde n’afoa hyɛɛ boha mu. Ɛbere a Dawid hui sɛ AWURADE agye no so, Yebusini Ornan awiporowbea no, ɔbɔɔ afɔre hɔ. Efisɛ saa bere no na AWURADE tenabea a Mose yɛe sare so ne afɔremuka no wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no mu; nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, efisɛ ehu aka no AWURADE bɔfo no afoa anim. Na Dawid kae sɛ: Eyi ne AWURADE Nyankopɔn fi no, na eyi ne Israel ɔhyew afɔremuka no. Na Dawid kae sɛ wɔmmoa ahɔho a wɔwɔ Israel asase so no ano, na osisii abopaefo sɛ wɔmpae abo a wɔasen, na wɔmfa nsi Onyankopɔn fi no. Na Dawid siesiee dade bebree a wɔmfa mmɔ abobow ano apon ho nnadewa ne akɔtɔkoro ne kɔbere pii a enni nkarii, ne nkyeneduru nnua a enni nkanee. Na Sidonfo ne Tirofo de nkyeneduru nnua pii brɛɛ Dawid. Na Dawid kae sɛ: Me ba Solomon yɛ abofra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na ofi no, wonsi mma AWURADE mma ɛnso kɛse pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛde mma nsaase nyinaa, na enti mesiesie ho nneɛma. Na Dawid siesiee ade pii pa ansa na ɔrewu. Na ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔhyɛɛ no sɛ onsi ofi mma AWURADE, Israel Nyankopɔn. Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛse, nsi ofi mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim. Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ ahodwoe nipa, na mɛma ne ho adwo no afi n’atamfo nyinaa ho ahyia. Na Solomon [a ase ne: Asomdwoeni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoe ne kommyɛ nso na mede mɛba Israel so ne bere so. Ɔno na obesi ofi ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahenni agua atim Israel so akosi daa. Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na kɔ w’anim, na si AWURADE wo Nyankopɔn fi no, sɛnea ɔkae wo ho no. Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so. Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu. Na hwɛ, m’amane mu po, masiesie AWURADE fi no ho sika dwetikɛse ɔpeha ne dwetɛ dwetikɛse ɔpepem, na kɔbere ne dade de, enni nkarii, efisɛ ɛdɔɔso pii pa ara, na nnua ne abo nso, masiesie, na wode ebi aka ho. Nso wowɔ adwumayɛfo pii pa ara: Abopaefo ne abo ne nnua adwumfo ne adwuma nyinaa mu adwumfo. Sika, dwetɛ ne kɔbere ne dade no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi. Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ wɔmmoa ne ba Solomon [na ose]: So ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na odi mo akyi na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofo ahyɛ mo nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim. Afei momfa mo koma ne mo kra nhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkosi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no mmra ofi a wobesi ama Awurade din no mu. Na Dawid bɔɔ akora na nna pii mee no no, ɔde ne ba Solomon sii Israel so hene. Na ɔboaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ano hyiae. Na wɔkan Lewifo no, nnipa a wɔadi mfirihyia aduasa ne akyiri no, na wɔn dodow si mmarima ɔpeduasa awotwe. Eyinom mu ɔpeduonu anan na wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so, na mpemnsia nyɛ mpanyimfo ne atemmufo, na mpemnan nyɛ aponanohwɛfo, na mpemnan nso mfa nneɛma a meyɛ memaa ayeyi no nyi AWURADE ayɛ. Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw: Lewi mma Gerson, Kohat ne Merari. Gersonfo ne: Ladan ne Simei. Ladan mma ne: Otitiriw Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa. Simei mma ne: Selomit ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Eyinom ne Ladan agyanom atitiriw. Na Simei mma ne: Yahat, Sisa ne Yeus ne Beria. Eyinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan. Na Yahat di ti, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔkan wɔn sɛ agya fi biako. Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan. Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na woyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkron no ho ade, ɔno ne ne mma nkosi daa, sɛ wɔnhyew aduhuam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkosi daa. Na Onyankopɔn nipa Mose de, wɔbɔɔ ne mma din fraa Lewi abusuakuw no mu. Mose mma ne: Gersom ne Eliesa. Gersom mma: Sebuel di ti. Na Eliesa mma: Rehabia di ti. Na Eliesa nni mma foforo, nanso Rehabia mma de, wɔdɔɔso pii. Yishar mma: Selomit di ti. Hebron mma: Yeria di ti, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan. Usiel mma: Mika di ti, na Yisia di hɔ. Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasar ne Kis. Na Eleasar wui, na onni mmammarima, mmabea nko na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn. Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa. Eyinom ne Lewi mma, sɛ wɔn mpanyimfi te, agyanom mu atitiriw sɛ wɔkan wɔn mmiako mmiako, sɛ wɔn din dodow te a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no a wɔadi mfirihyia aduonu ne akyiri. Na Dawid kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ama me man ho adwo wɔn, na watena Yerusalem akosi daa. Na Lewifo no nso nsoa tenabea no ne ne som ho nneɛma nyinaa bio, efisɛ Dawid nsɛm a edi akyiri no mu no wɔkan Lewi mma no dodow de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ wɔmmoa Aaron mma nsom AWURADE fi, n’abangua so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronne no nyinaa ho ntew, na wɔnyɛ Onyankopɔn fi som adwuma, na wɔnyɛ kyerɛ abodoo ne asikresam, aduan afɔre ne apiti tetare, ne dade asanka ne akyeduan ho ade, na wɔnhwɛ ɔhyɛ ade ne susuw ade nyinaa so. Na wonnyina hɔ anɔpa daa nna ase nyi AWURADE ayɛ, na anwummere nso saa ara, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre nyinaa mma AWURADE, homeda ne ɔsram foforo ne afahyɛ mu, ne dodow mu sɛ n’atɔremude te, AWURADE anim daa, na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no mfa nsom AWURADE fi. Na Aaron mma no de, wɔn mu nkyekyem ni: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar. Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wonni mma. Na Eleasar ne Itamar bedii asɔfo. Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ofi Eleasar mma mu, ne Ahimelek a ofi Itamar mma mu, sɛ wɔn adwumayɛ dibea te wɔn som no mu. Na wohuu Eleasar mma mu mmarima no mu atitiriw bebree sen Itamar mma mu, na wobuu wɔn mu: Eleasar mma nyaa mpanyimfi atitiriw dunsia, na Itamar, mma wɔn mpanyimfi so, awotwe. Na wobuu wɔn mu ntonto so, eyinom ne eyinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Onyankopɔn asafohene no fi Eleasar mma ne Itamar mma mu. Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar. Na ntonto a efii kan no yɛɛ Yehoiarib de, nea ɛto so abien yɛɛ Yedaia de, Harim de too so abiɛsa, Seorim de, anan, Malkiya de, anum, Miyamin de, asia, Hakos de, asɔn, Abigya de, awotwe, Yesua de, akron, Sekania de, du, Eliasib de, dubiako, Yakim de, dumien, Hupa de, dumiɛnsa, Yesebab de, dunan, Bilga de, dunum, Imer de, dunsia, Hesir de, dunsɔn, Hapises de, dunwɔtwe, Petahia de, dunkron, Yeheskel de, aduonu, Yakin de, aduonu biako, Gamul de, aduonu abien, Delaia de, aduonu abiɛsa, Maasia de, aduonu anan. Eyi ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛ wɔn som no te, sɛ wɔnhyɛn AWURADE fi sɛ wɔn atɔremude a ɛnam wɔn agya Aaron so bae no, sɛnea AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no. Na Lewi mma a aka no de: Amram mma mu: Subael. Subael mma mu: Yehdeia. Rehabia de, Rehabia mma mu: Yisia di ti. Yisharfo mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat. Na [Hebron] mma ne: Yeria, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan. Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir. Mika ne nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria. Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma, Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia de: Soham ne Sakur ne Ibri. Mahli de: Eleasar, na ɔno de, onni mma. Kis de, Kis mma: Yerahmeel. Na Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewifo mma sɛ wɔn mpanyimfi te. Na eyinom nso bɔɔ ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, ɔhene Dawid ne Sadok ne Ahimelek ne asɔfo ne Lewifo agyanom atitiriw no anim, agyanom mu titiriw sɛ ne nua kumaa ara. Nso Dawid ne dɔm so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔnsom mfa nsankuten ne mmɛnta asanku ne nnawuru nhyɛ nkɔm. Na nnipa a wɔyɛ adwuma no sɛ wɔn som te no dodow ni: Asaf mma mu: Sakur ne Yosef ne Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf ase, ɔno nso na ɔhyɛ ɔhene nsa ano nkɔm. Yedutun de: Yedutun mma ne: Gedalia ne Seri ne Yesaia [ne Simei], Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno kura sankuten hyɛ nkɔm de aseda ne ayeyi ma AWURADE. Heman de: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot. Eyinom nyinaa ne ɔhene dehufo Heman mma sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no so no; efisɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmabea baasa. Eyinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fi dwonto no mu kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten som Onyankopɔn fi, wɔ ɔhene no, Asaf ne Yedutun ne Heman ase. Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwonto no ano si nhumufo ara nko ahanu aduɔwɔtwe awotwe. Na wɔbɔɔ ɔhwɛ adwuma no so ntonto, akumaa ne ɔkɛse, ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani, nyinaa pɛ. Na ntonto a edi kan no kɔ maa Asaf de maa Yosef. Gedalia de tia abien, ɔne ne nuanom ne ne mma si dumien. Nea ɛto so abiɛsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, yɛ dumien. Nea ɛto so anan no fi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so anum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so asia ne: Bukia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so ason ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so awotwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so akron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dubiako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dumien ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dumiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunsɔn ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so aduonu biako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so aduonu abien ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so aduonu abiɛsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Nea ɛto so aduonu anan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien. Aponanohwɛfo no mu nkyekyem ni: Korafo no mu: Kore ba Meselemia, ofi Asaf mma mu. Na Meselemia wɔ mma: Sakaria ne abakan, Yediael tia abien, Sebadia to so abiɛsa, Yarniel to so anan, Elam to so anum, Yohanan to so asia, Eliehoenai to so asɔn. Na Obed-edom wɔ mma: Semaia ne abakan, Yosabad tia abien, Yoah to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum. Amiel to so asia, Isakar to so asɔn, Peuletai to so awotwe, efisɛ Onyankopɔn hyiraa no. Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mma maa no, na wodii wɔn agya fi so efisɛ, wɔyɛ mmarima a wotumi. Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wotumi. Eyinom nyinaa fi Obed-edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wotumi a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wosi aduosia abien a wɔyɛ Obed-edom de. Na Meselemia wɔ mma ne nuanom, nnipa a wotumi dunwɔtwe. Na Hosa a ofi Merari mma mu no wɔ mma: Simir na odi ti, ɔnyɛ abakan de, nanso n’agya na ɔde no sii ti. Hilkia tia abien, Tebalia to so abiɛsa, Sakaria to so anan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa si dummiɛnsa. Eyinom ne aponanohwɛfo no nkyekyem, sɛ wɔn atitiriw te; wɔwɔ ɔwɛn adwuma sɛ wɔn nuanom no, na wɔsom AWURADE fi. Na wɔbɔɔ ɔpon biara so ntonto, akumaa ne ɔkɛse nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te. Na apuei ntonto no fi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufo no nso, wɔbɔɔ ntonto maa no, na ne ntonto no fii benkum fam. Obed-edom de wɔ nifa fam, na ne mma de ne anoboa dan no. Supim ne Hosa de wɔ atɔe fam, Saleket pon ho, aforoe tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentenso. Lewifo baasia wɔ apuei, baanan wɔ benkum fam da koro, baanan wɔ nifa fam da koro, na anoboa dan no ho de, baanu baanu. Parbar de wɔ atɔe fam: Nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho. Eyinom ne aponanohwɛfo nkyekyem no, Korafo mma ne Merari mma no mu. Na Ahia a ɔyɛ Lewifo no mu bi di Onyankopɔn fi akorade ne akronkronne akorade no so: Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan de no, Gersonni Ladan agyanom atitiriw: Yehieli. Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, dii AWURADE fi akorade no so. Amramfo, Yisharfo, Hebronfo, Usielfo no mu na Mose ba Gersom ba Sebuel di akorade no so bapɔmma. Na ne nuanom nso: Eliesa de: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomit. Ɔno Selomit ne ne nuanom di akronkronne a ɔhene Dawid ne agyanom atitiriw, mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akorade nyinaa so, akodi mu asade no bi na wɔde mae sɛ wɔmfa nsiesie AWURADE fi no. Na nneɛma a ɔdehufo Samuel ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab de mae no nyinaa nso, ɛhyɛ Selomit ne ne nuanom nsa. Yisharfo mu na woyii Kenania ne ne mma sɛ wonni Israel so, anihumafo adwuma mu: Wɔyɛ mpanyimfo ne atemmufo. Hebronfo mu nso, Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wotumi apem ahanson na ɛhwɛɛ Israel so, Yordan atɔe fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam. Hebronfo no mu nso, Yeria na odi ti sɛ Hebronfo no awo ntoatoaso ne mpanyimfi te. Dawid ahenni afe a ɛto so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wohuu wɔn mu mmarima a wotumi wɔ Yaser-gilead. Na ɔne ne nuanom, nnipa a wotumi na wɔyɛ mpanyimfi atitiriw mpennu ahanson, na ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no so, Onyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam. Na Israelfo a wɔabu wɔn ano mpanyimfi atitiriw, ne mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfo a wɔsom ɔhene, nkyekyem horow no ho nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wofi adi daa ɔsram, afe mu asram nyinaa a nkyekyem biara yɛ nnipa peduonu anan ni: Ɔsram a edi kan mu nkyekyem a edi kan no so na Yasobeam, Sabdiel ba, di, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. Ofi Peres mma mu na odi dɔm asafohene nyinaa ti, ɔsram a edi kan no mu. Na ɔsram a ɛto so abien no nkyekyem so na Ahohini Dodai di, na ne nkyekyem so bapɔmma ne Miklot, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. Ɔsram a ɛto so abiɛsa no mu dɔm so safohene a ɔto so abiɛsa ne ɔsɔfo Yehoiada ba Benaia, odi ti, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a odi aduasa no so, na ne ba Amisabad fra ne nkyekyem mu. Nea ɔto so anan ɔsram a ɛto so anan mu ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so anum ɔsram a ɛto so anum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so asia ɔsram a ɛto so asia mu ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so ason ɔsram a ɛto ason mu ne Pelonni Heles a ofi Efraim mma mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so awotwe ɔsram a ɛto so awotwe mu ne Husani Sibekai a ofi Serahfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so akron ɔsram a ɛto so akron mu ne Anatotni Abieser a ofi Benyaminfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so du ɔsram a ɛto so du mu ne Netofani Maharai a ofi Serahfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so dubiako ɔsram a ɛto so dubiako mu ne Piratonni Benaia a ofi Efraim mma mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Nea ɔto so dumien ɔsram a ɛto so dumien mu ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Na wɔn a wodi Israel mmusuakuw no so ni: Rubenfo bapɔmma ne Sikri ba Eliesa. Simeonfo mu: Maaka ba Sefatia; Lewifo mu: Kemuel ba Hasabia; Aaronfo mu: Sadok; Yuda mu: Elihu a ofi Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri; Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot; Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuw fa mu: Pedaia ba Yoel; Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel; Dan mu: Yeroham ba Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw so asafohene. Na Dawid ammu wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu ne wɔn a wonnii no ano, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. Seruia ba Yoab fii ase kanee, na wanwie; na eyi nti abufuw baa Israel so, na dodow no, wɔankyerɛw ɔhene Dawid beresosɛm nhoma no mu. Na ɔhene akorade no so na Adiel ba Asmawet di, na akorade a ɛwɔ asase no so nkurow ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan di. Na wɔn a wɔyɛ mfuw mu adwuma dɔw asase no so na Kelub ba Esri di. Na bobe nturo so na Ramatni Simei di, na bobe nturo no mu akorasa no so na Sifimni Sabdi di. Na ngo nnua ne ankye a ɛwɔ tataw so no so na Gederni Baal-hanan di. Na ngo akorae no so na Yoas di. Na anantwi a wɔyɛn wɔn Saron no so na Saronni Sitrai di, na abon no mu anantwi so na Adlai ba Safat di. Na yoma so na Ismaelni Obil di, na mfurum so na Meronotni Yehedia di. Na nguan so na Hagarni Yasis di. Eyinom nyinaa yɛ ɔhene Dawid nneɛma so ahwɛfo. Na Dawid wɔfa Yonatan ne ɔfotufo, ɔyɛ ɔbarima nhumufo, na ɔyɛ ɔkyerɛwfo nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na wɔtetew ahene mma no. Na Ahitofel ne ɔhene fotufo, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo. Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar di. Na ɔhene no sahene ne Yoab. Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuw so mmapɔmma ne nkyekyɛmu so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahode ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifo ne nnɔmmarima a wonim akodi yiye no ne mmarima a wotumi nyinaa baa Yerusalem. Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: Nsi ofi mma me din, efisɛ woyɛ ɔkofoni na woaka mogya nso agu. Na AWURADE Israel Nyankopɔn ayi me afi m’agya fifo nyinaa mu sɛ minni Israel so hene nkosi daa. Na wayi Yuda asi no panyin, na Yuda fi mu nso wayi m’agya fi, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me besi Israel nyinaa so, na me mma nyinaa mu no, efisɛ AWURADE ama me mma pii, wayi me ba Solomon sɛ ɔntena AWURADE ahenni a ɔde di Israel so no agua so. Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Solomon na obesi me fi ne m’abangua no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya. Na sɛ okura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmude so sɛ ɔyɛ nnɛ da yi a, mɛma n’ahenni atim akosi daa. Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE bagua no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn asom, mise: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so nhwehwɛ akyi kwan, na moadi asase pa yi so, na moagyaw no awunnyade ama mo mma, mo akyi akosi daa. Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa. Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si ofi a ɛbɛyɛ kronkronbea: Hyɛ wo ho den na yɛ! Na Dawid maa ne ba Solomon asɔredan no ntwironowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata agua dan no nsusuwso, ne ade biara a ɛwɔ ne honhom mu nsusuwso, AWURADE fi abangua ne mpia a wotwa ho hyia nyinaa ne Onyankopɔn fi adekorae ne akronkronne akorae; ne asɔfo ne Lewifo nkyekyem ne AWURADE fi som adwuma no nyinaa ne AWURADE fi som ho ade nyinaa; sika de no wɔ sika nkarii so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho ade, dwetɛ ade nyinaa ne nkarii so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho ade; ne sika akaneadua ne ɛho sika akanea no nkarii, sɛ kaneadua biara ne ɛho kanea nkarii te, ne dwetɛ akaneadua, sɛ kaneadua no biara ne ɛho kanea nkarii te, sɛ akaneadua no nyinaa ho som te no; ne kyerɛ abodoo pon biara sika a wɔakari, ne dwetɛ apon no dwetɛ; ne adinam ne nkora ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mpampaa de, sɛ emu biara nkarii te, ne dwetɛ mpampaa de, sɛ emu biara nkarii te; ne aduhuamhyew muka no ho sika a wɔayiyi mu, ne nkarii so; ne teaseɛnam a ɛne sika kerubim a wɔtrɛw mu kata AWURADE apam adaka no so no nsusuwso. Ne nyinaa wɔ kyerɛw a efi AWURADE nsam baa me so no mu, na ɔkyerɛɛ me nsusuwso no ho nnwuma no nyinaa. Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa. Na hwɛ, asɔfo ne Lewifo nkyekyem a wɔbɛsom Onyankopɔn fi som nyinaa ni; na adwuma no nyinaa mu, wowɔ nnipa a wɔwɔ adwuma biara ho nyansa na wobeyi wɔn yam aboa; na asafohene no ne ɔman no nyinaa nso wɔ wo nsam. Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Me ba Solomon a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no yɛ abofra, na ɔyɛ bɔkɔɔ, na adwuma no so, efisɛ aban no nyɛ onipa de, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn de. Na me tumi nyinaa na mede masiesie me Nyankopɔn fi no ho sika mama sika ade, ne dwetɛ mama dwetɛ ade, ne kɔbere ade ho kɔbere, dade nso dade ne nnua ade nnua, apopobibiri abo ne nhyehyɛmu abo, abo sransran ne abo nworannworan ne aboɔden abo nyinaa ne abo fufu pii pa. Nanso me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so. Sika dwetikɛse mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛse mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasu no ho, na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nneɛma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nneɛma, na wɔmfa nyɛ adwumfo nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, ɛhena na oyi ne yam de n’ayɛyɛde ma AWURADE nnɛ? Ɛnna mpanyimfi mmapɔmma ne Israel mmusuakuw mmapɔmma ne mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfo no yii wɔn yam maa bi; wɔmaa Onyankopɔn fi som no ho sika dwetikɛse mpemnum ne sika darik ɔpedu ne dwetɛ dwetikɛse ɔpedu ne kɔbere dwetikɛse ɔpedunwɔtwe ne dade dwetikɛse ɔpeha. Na wɔn a wohuu wɔn hɔ abo no de maa AWURADE fi akorade no de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa. Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse. Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so. Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ. Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi. Na ahɔho ne amamfrafo ne yɛn w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsuma asase so, na anidaso bi nni hɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn, adekuw yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebesi ofi ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na efi, na wo na ne nyinaa wɔ wo. Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade. AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa eyi sie wo man koma mu adwene mu nsusuwii mu kosi daa, na siesie wɔn koma bra wo fam. Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no. Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene. Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔre, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE, da no adekyee, anantwinini apem, adwennini apem, nguan mma apem, ne wɔn ho ahwiesa, ne afɔre pii pa maa Israel nyinaa. Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no. Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo. Na Solomon tenaa AWURADE agua so dii n’agya Dawid ade, na ɔfɔefɔee, na Israel nyinaa tiee no. Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ ɔhene Solomon ase. Na AWURADE maa Solomon soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da. Sɛɛ na Yese ba Dawid dii Israel nyinaa so hene. Na nna a ɔde dii Israel so no si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na Yerusalem de, odii mfe aduasa abiɛsa. Na owui onyin pa mu a nna ne ade dodow ne anuonyam amee no. Na ne ba Solomon bedii n’ade. Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu; eyinom da n’ahenni ne ne mmaninyɛ nyinaa ne nea esii ne mmere so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho ne aman ahenni nyinaa no ho adi. Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara. Na Solomon kasa kyerɛɛ Israelfo nyinaa, mpem ne ɔha ha so asafohene ne akannifo ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ mpanyimfi atitiriw no nyinaa. Na Solomon ne bagua a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no. Na ɛhɔ na Onyankopɔn ahyiae ntamadan a AWURADE akoa Mose yɛe sare so no wɔ. Nso Onyankopɔn adaka no de, Dawid kɔfa fii Kiriat-yearim de baa nea Dawid siesie maa no no, na osii ntamadan maa no Yerusalem. Na kɔbere afɔremuka a Hur ba Uri ba Besalel yɛe no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Solomon ne bagua no kɔhwehwɛɛ akyi kwan. Na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim ahyiae ntamadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre apem. Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ nea memma wo. Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔe kɛse, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu. Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfutuma so, afei, ma me nyansa ne nimdeɛ na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu, na ɛhena na obebu wo man kɛse yi atɛn? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: Esiane sɛ eyi wɔ wo koma mu, na woammisa ahonya, akorade ne anuonyam ne w’atamfo kra, na nna dodow nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bebu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi, nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo, na ahonya ne akorade ne anuonyam nso, mɛma wo, a ahene a wodii w’anim no nnyaa no saa da, na w’akyi nso wɔrennya no saa. Ɛnna Solomon fi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiae ntamadan no anim baa Yerusalem, na odii Israel so hene. Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefo pedumien, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛe sɛ abo Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔmaa ne dodow yɛe sɛ ankye a ɛwowɔ tataw so. Na Solomon apɔnkɔ a wɔde fi Misraim ba no de, ɔhene aguadifo asafo na wɔkɔtotɔ apɔnkɔkuw sɛ wɔn bo te de ba. Na wɔde teaseɛnam a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne bo yɛ ɔha aduonum fi Misraim ba. Na saa na wokura bi de fi brɛ Hetifo ahemfo ne Siria ahemfo nyinaa. Na Solomon se, obesi ofi ama AWURADE din, ne ofi ama n’ahenni. Na Solomon kan nnosoasoafo ɔpeduɔsɔn ne bepɔw so abopaefo ɔpeduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfo mpensa ahansia. Na Solomon soma kɔɔ Tiro hene Huram nkyɛn sɛ: Sɛnea wo ne m’agya Dawid yɛe na wobrɛɛ no kyeneduru nnua na ɔde sii ne fi tenaa mu no, hwɛ, me nso merebesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahyew aduhuam a ɛyɛ huam n’anim, na wɔasiesie Kyerɛ Abodoo daa, na wɔabɔ ɔhyew afɔre daa anɔpa ne anwummere ne home nna ne asram foforo ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Eyi ne Israel atɔremude de kosi daa. Na ofi a meresi no so, efisɛ yɛn Nyankopɔn no so sen anyame nyinaa. Na hena po na obenya tumi asi ofi ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hena ne me, sɛ mesi ofi mama no gye aduhuam a wɔhyew n’anim? Na afei soma ɔbarima nyansafo bi brɛ me, na ommedi sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne ntama a ɛberedum ne adidi ne bibiri mu adwinni, na onim nnua mu nsamayi nso, na ɔnka adwumfo a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn no ho. Nanso brɛ me nkyeneduru ne ɔpopaw ne abako nnua fi Lebanon, na minim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho. Na wonsiesie nnua pii pa ara mma me, na ofi a merebesi no so na ɛyɛ nwonwa. Na hwɛ, nnuapaefo a wotwa nnua no, mɛma wo nkoa no aduan awi susukora ɔpeduonu ne atoko susukora ɔpeduonu ne nsa galɔn ɔpeha ne ngo nso galɔn ɔpeha. Ɛnna Tiro hene Huram kae nhoma a ɔde brɛɛ Solomon no mu sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene. Na Huram kae sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama ɔhene Dawid ɔba nyansafo a onim de ne nhumu a obesi ofi ama AWURADE, ne ofi ama n’ahenni. Na afei masoma ɔbarima nyansafo a onim nhumu a ɔne Huram-abi. Ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan mmabea mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Onim sika ne dwetɛ, kɔbere, dade, abo ne nnua, ntama a ɛberedum, bibiri ne nwera ne adidi mu adwinni, nanso onim nsamaa ahorow nyinaa yi, na obetumi adi adwinni biara a wɔbɛhwehwɛ wɔ ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfo ne me wura Dawid, w’agya no, anyansadwumfo ho. Na afei, awi ne atoko ne ngo ne nsa a me wura kae no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no. Na yɛn de, yɛbɛtow nnua afi Lebanon sɛnea ehia wo nyinaa, na yɛde ayɛ ntɛnani de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem. Na Solomon kan mmarima ahɔho a wɔwɔ Israel asase so no, ɔkan a n’agya kan wɔn no akyi, na wohuu wɔn sɛ wosi ɔpeha aduonum abiɛsa ne ahansia. Na ɔyɛɛ wɔn mu ɔpeduɔsɔn nnosoasoafo, ne ɔpeduɔwɔtwe bepɔw so abopaefo, ne mpensa ahansia ahwɛfo, sɛ wɔmma nkurɔfo no nyɛ adwuma. Na Solomon fii ase sii AWURADE fi no Moria bepɔw a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛe, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ Na ofii ase sii, ɔsram a ɛto so abien da a ɛto so abien, n’ahenni afe a ɛto so anan mu. Na eyi ne ase a Solomon hyɛe sɛ ɔresi AWURADE dan no: N’atwemu si kan nsusuwii no mu basafa aduasa, na ne trɛw nso basafa du. Na ntwironoa a ɛwɔ ɔdan no trɛw anim no, ne ntwemu si basafa du, na ne korɔn basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam. Na ɔdan kɛse no, ɔde ɔpopaw nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na odidii so adwinni: Mmɛ ne ntweaban. Na ɔde abo a ne bo yɛ den duraa ɔdan no ho sɛ ahyehyɛde. Na sika no yɛ Parwaim sika. Na ɔde sika kataa ɔdan no mpuran, apongua, n’afasu ne n’apon ntanta no ho. Na oyiyii kerubim nsamaa afasu no ho. Na ɔyɛɛ kronkronbea dan no, ne ntwemu, sɛnea ɔdan no trɛw te, esi basafa du, na ne trɛw si basafa du, na ɔde sika pa a ano si dwetikɛse ahansia kataa ho. Na nea wɔkarii de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbona aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho. Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde osen adwuma yɛɛ kerub abien, na ɔde sika duraa ho. Na kerubim no ntaban atwemu si basafa du, obiako ntaban biako si basafa abien ne fa, na ɛka ɔfasu, ntaban biako no nso si basafa anum na ɛka kerub biako no ntaban. Na kerub biako no nso ntaban si basafa abien ne fa, na ɛka ɔdan no fasu no, na ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, na ɛpem kerub biako no ntaban no. Kerubim yi ntaban a wɔatrɛw mu no si basafa du, na wogyinagyina wɔn anan so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ ɔdan no. Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛberedum ne adidi ne nwera yɛɛ mmɔɔhɔɔ, na ɔyeyɛɛ mu kerubim. Na ɔyeyɛɛ ɔdan no anim adum abien, n’atenten basafa dunsɔn ne fa, na aduntiri a ɛwɔ atifi no basafa abien ne fa. Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyiri no mu, na ɔde sensɛn adum no atifi, na ɔyeyɛɛ atea aba sɛso ɔha hyehyɛɛ ntweaban no mu. Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no anim, biako wɔ nifa, na biako wɔ benkum fam. Na ɔtoo nifa de no: Yakin, na benkum de no, ɔtoo no: Boas. Na ɔyɛɛ kɔbere afɔremuka, ne ntwemu basafa du, na ne trɛw basafa du, na ne korɔn basafa anum. Na ɔyɛɛ aguaresɛn no kukuruwa, efi ano kosi ano yɛ basafa anum, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama na etwa ho hyia. Na kukuduuduu nsɛso wowɔ ase de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn biako ne fa mu, ɛbɔ ɛpo no ho kontonkron, kukuduuduu akyerɛpɛn abien, wogui ne gu ara mu. Ɛwɔ anantwi dumien so, abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so ɔsoro, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam. Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan, na galɔn mpem dunum kɔ mu. Na ɔyɛɛ aguasɛn du, na ɔde anum sisii nifa fam na ɔde anum nso sisii benkum fam, sɛ wɔnhohoro nneɛma ho wɔ mu; ɔhyew afɔre nneɛma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu. Na ɔyɛɛ sika akaneadua du sɛ ne yɛbea te, na ɔde sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa fam, na anum nso wɔ benkum fam. Na ɔyɛɛ apon du de sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa, na anum wɔ benkum; na ɔyɛɛ sika nkora ɔha. Na ɔyɛɛ asɔfo abangua ne ban mu adiwo kɛse no, na ɔde apon sisii adiwo no ano, na ɔde kɔbere duraa apon no ho. Na ɔde po no sii nkyɛn mu wɔ nifa, apuei a ɛkyerɛ nifa fam. Na Huram yɛɛ nseaa ne sesaw ade ne nkora no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon Onyankopɔn fi no yɛ, adum abien no ne apɔw no ne adum no atifi aduntiri abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no ho no, ne ntontan abien no akutu ahannan, akutu kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotiri abien apɔw no ho; na ɔyɛɛ nsugye nnaka du no, na ɔyɛɛ nnyinaso nnaka no so aguasɛn du no; ɛpo biako ne ase anantwi dumien no, ne nseaa ne sesaw ade ne adinam no ne ɛho nneɛma nyinaa, Huram-abi yɛ maa ɔhene Solomon maa AWURADE fi no, ɛyɛ kɔbere a wɔabere ho hyɛnhyɛn. Yordan ho tataw mu na ɔhene gui, dɔte a wɔapiw mu, Sukot ne Sereda ntam. Na Solomon yɛɛ nneɛma yi nyinaa bebree pa ara, na wonnim kɔbere no nkarii ano. Na Solomon yɛɛ Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, ne sika afɔremuka no, ne apon a Kyerɛ Abodoo sisi so no, ne akaneadua no ne ɛho akanea a wɔsɔ no sɛ ne yɛbea, mpiakyiri no anim no, ɛyɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no yɛ sika: Ne nyinaa yɛ sika ara nko. Na adumgya, nkora, aduhuam kukuwa ne nsrama nkukuwa no yɛ sika amapa kronkron, na ɔdan no ano apon a ɛwɔ emu fam, kronkron mu kronkronbea ho no, ne asɔrefi dan no apon no yɛ sika. Na wowiee adwuma a Solomon yɛ maa AWURADE fi no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinne no nyinaa besiee Onyankopɔn fi akorade no mu. Ɛnna Solomon boaa Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma no ano behyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow a ɛne Sion no mu aba. Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene nkyɛn nnapɔnna a ɛne ɔsram a ɛto so ason no mu. Na Israel mpanyimfo nyinaa bae. Na Lewifo no bɛsoaa adaka no. Na wɔfaa adaka no ne ahyiae ntamadan no ne akronkronne a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa bae, Lewifo asɔfo no na wɔde foro bae. Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wobehyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wɔantumi ankan na wɔammu ano bobɔɔ afɔre. Na asɔfo no de AWURADE apam adaka no baa mu de besii n’afa, ɔdan no mpiakyiri a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ho mpoma no so ɔsoro. Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyiri no anim, na wonhu adiwo hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi. Biribi nni adaka no mu gye abopon abien a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfo pamee bere a wofi Misraim asase so reba no. Na asɔfo no fi kronkronbea hɔ fii adi no, na asɔfo a wohuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyem no akyi, na Lewifo nnwontofo no a wɔhyɛ Asaf, Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom ase no, nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten gyinagyina afɔremuka no apuei fam, na asɔfo ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛn ntorobɛnto. Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma, na omununkum no nti asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ ɔdan no ma. Ɛnna Solomon kae se: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena kusuu mu. Na me de, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa. Na ɔhene dan n’ani hyiraa Israel bagua no nyinaa; na Israel bagua no nyinaa gyina hɔ. Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu no sɛ: Efi da a mikoyii me man Israel fii Misraim asase so bae yi, minyii Israel mmusuakuw nyinaa mu kurow bi, sɛ wonsi dan na me din ntena hɔ, nanso minyii ɔbarima bi, sɛ onni me man Israel so panyin, na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ onni me man Israel so. Na ɛwɔ m’agya Dawid komam sɛ anka obesi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn, din. Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Esiane sɛ ɛwɔ wo komam sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu. Nso ɛnyɛ wo na wubesi dan no, na wo ba a ofi w’asen mu no, ɔno na obesi dan ama me din. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahengua so, sɛnea AWURADE kae no, na masi dan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn, din, na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pamee no wɔ mu no masi hɔ. Na okogyinaa AWURADE afɔremuka no anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam. Na Solomon ayɛ kɔbere sumpii bi de asi abangua no mfinimfini, ne ntwemu basafa abien ne fa, ne trɛw basafa abien ne fa na ne korɔn basafa biako ne fa, na okogyinaa so. Na ɔkotow ne nankoroma anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro, na ɔkae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no, wo na woakora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no; wode w’ano na ɛkae, na wode wo nsa ama aba mu, sɛ ɛte nnɛ yi. Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa mmɔ wo m’anim a ɔbɛtena Israel ahengua so. Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew me mmara mu, sɛnea wonantew m’anim no. Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim. Na so ampa sɛ, Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi. Nanso dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteɛm ne mpae a w’akoa reyi w’anim yi, sɛ w’ani bebue akyerɛ ɔdan yi awia ne anadwo, nea woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpae a w’akoa rebɔ wɔ ha yi. Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae wɔ ha yi, na wo de, fi wo tenabea, ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa firi! Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔremuka anim ofi yi mu a, ɛnne wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wubetua ɔbɔnefo ka ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔtreneeni bem ama no sɛ ne trenee te. Sɛ wɔka wo man Israel gu w’atamfo anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsan bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpae na wɔkotɔ srɛ w’anim ofi yi mu a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no kyɛ, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so. Sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpae kyerɛ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsan fi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn ase nti a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so. Sɛ ɔkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhow ne ɔpo, ntuntummɛ ne mmɛbɛw ba, sɛ wɔn atamfo behia wɔn ho wɔn kurow biara mu a, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo, ɛnne mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara wɔ na wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yaw, na ɔbɛtrɛw ne nsam akyerɛ ofi yi no, wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa firi, na ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne koma no. Na wo ara wo nko na wunim nnipa mma koma mu, nea ɛbɛyɛ na wɔasuro wo na wɔanantew w’akwan so nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no so no nyinaa. Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu a ofi akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛse ne wo nsa dennen ne wo basa a woateɛ no nti no, sɛ wɔba bɛbɔ mpae ɔdan yi mu a, ɛnne wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ofi a masi yi. Sɛ wo man fi adi ne wɔn atamfo kodi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a, ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn kɔ asase bi so, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo, na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho kotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛato na yɛadi abɔnefosɛm, na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafo asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woayi ne ofi a masi mama wo din yi a, ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo no firi wɔn. Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ. Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛn wo homebea no mu, wo ne wo tumi adaka no. W’asɔfo no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagye, na w’ahotefo ani nnye wo papa mu. AWURADE Nyankopɔn, nnan nea woasra no no ani. Kae adɔe a wode yɛɛ w’akoa Dawid no. Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma. Na asɔfo no antumi anhyɛn AWURADE dan no mu, efisɛ AWURADE anuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma. Na Israel mma no nyinaa hui sɛ ogya ne AWURADE anuonyam abeduru ofi no so no, wɔde wɔn anim butubutuw fam abo nsɛwee no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa”. Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔre AWURADE anim. Na ɔhene Solomon de anantwi peduonu abien ne nguan peha aduonu bɔɔ okum afɔre, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Onyankopɔn fi no. Na asɔfo no gyinagyina hɔ wɔn som nnwuma so, na Lewifo no nso kurakura AWURADE asanku a ɔhene Dawid yɛe sɛ wɔmfa nna AWURADE ase sɛ, “N’adɔe wɔ hɔ daa”, bere a Dawid nam wɔn so yii ayɛ no. Na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto, wɔn ntentenso, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ. Na Solomon yɛɛ abangua a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre na ɔhyew asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a Solomon yɛe no, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne sradenam no nsen so. Ɛbere no mu no, Solomon dii nnapɔnna no nnansɔn, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse pa a wofi nea wɔrekɔ Hamat kosi Misraim subon ano. Na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, na afɔremuka no dwira, wodii no nnansɔn, ne nnapɔnna no nso, nnansɔn. Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu abiɛsa no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Solomon ne ne man Israel no nti. Na Solomon wiee AWURADE fi ne ɔhene fi no. Na nea ɛbaa Solomon koma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fi ne ne fi mu no nyinaa wiee yiye. Na AWURADE beyii ne ho kyerɛɛ Solomon anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha mafa sɛ afɔrebɔ fi. Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osu ntɔ, na sɛ mehyɛ mmoadabi sɛ wommedi asase no so ade, na sɛ mede ɔyaredɔm meba me man mu, na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no, brɛ wɔn ho ase, na wɔbɔ mpae, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie, na mede wɔn bɔne makyɛ, na masa wɔn asase no yare. Afei m’ani bebue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ. Na afei mafa ofi yi mayɛ no kronkron, sɛ me din ntena hɔ nkosi daa, na m’aniwa ne me koma bɛtena hɔ nna nyinaa. Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee, sɛ wobɛyɛ nea mahyɛ wo nyinaa na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a, ɛnne mɛma w’ahenni agua atim, sɛnea me ne w’agya Dawid pamee sɛ wɔremma onipa a obedi Israel so mmɔ wo no. Na sɛ mo de, mosan na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne metu wɔn afi m’asase a mede memaa wɔn no so, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na mede mayɛ bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu. Na ɔdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a otwam ho no ho bɛfɔn no na waka sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ asase yi ne ofi yi sɛɛ? Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi. Na Solomon de mfe aduonu sisii AWURADE fi ne ne fi no wiei no, Solomon kyekyee nkurow a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfo kɔtenaa hɔ. Na Solomon siim kɔɔ Hamat-soba kodii so. Na ɔkyekyee Tadmor wɔ sare so ne adekora nkurow a ɔkyekyee Hamat no nyinaa. Na ɔkyekyee atifi Bet-horon ne anafo Bet-horon, nkurow a ɛyɛ den a ɛwɔ afasu ne apon ne apon akyi adaban; ne Baalat ne adekora nkurow a Solomon wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkurow nyinaa ne apɔnkɔsotefo nkurow ne ade a Solomon pɛe sɛ ɔkyekye wɔ Yerusalem ne Lebanon ne n’ahenni asase no nyinaa so. Nso nkurɔfo a wɔkae no a wofi Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo no mu no nyinaa, wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi asase no so a Israel mma annwɛre wɔn no de, Solomon gyee wɔn adwumayɛ tow de besi nnɛ da yi. Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa n’adwuma mu, na wɔn ne n’akofofo ne n’akunini so asafohene ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo so asafohene. Na eyinom ne adwumayɛfo a ɔhene Solomon wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wodi nkurɔfo no so. Na Farao babea no de, Solomon de no fii Dawid kurow no mu baa ofi a wasi ama no no mu, efisɛ ɔkae sɛ: Me yere nntena Israel hene Dawid fi, efisɛ nea AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron. Ɛno mu na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE wɔ AWURADE afɔremuka a osii ntwironoa no anim no so, sɛnea ehia da biara na ɔbɔ ɔhyew afɔre no, sɛnea Mose hyɛe no, home nna de ne asram foforo de; ne afahyɛ ahorow abiɛsa a wɔhyɛ no afe biara a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna, ne asese nnapɔnna no mu. Na sɛ n’agya Dawid atɔremude te no, ɔde asɔfo no nkyekyem no sisii wɔn som so, ne Lewifo no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wonyi ayɛ na wɔnsom asɔfo no anim, sɛnea ehia da biara; ne aponanohwɛfo no, wɔn nkyekyem mu, ɔpon ne ɔpon ano: Na saa na Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe. Na wɔamfi ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfo ne Lewifo no so no ho, nsɛm nyinaa ne akorade no fam. Na wosiesiee Solomon adwuma no nyinaa ho siee da a wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase de kosii sɛ wowiee AWURADE fi no koraa. Ɛno na Solomon kɔɔ Esion-geber ne Elot wɔ mpoano, Edom asase so. Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wonim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛse ahanan aduonum fi hɔ de brɛɛ ɔhene Solomon. Na Seba hemmaa tee Solomon nka, na ɔbae sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ara ne yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika pii ne abohene baa Yerusalem. Na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ. Na Solomon buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhintaw Solomon a wanka ankyerɛ no. Na Seba hemmaa no huu Solomon nyansa ne ofi a wasi, ne ne pon so nnuan, ne ne nkoa atenae, ne n’asomfo agyinae ne wɔn ntade, ne ne nsahyɛfo ne wɔn ntade, ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne ho dwiriw no. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware, na mannye wɔn nsɛm no manni de besii sɛ mebae na mede m’aniwa mabehu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa po, wosen nka a metee no. Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no. Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’agua so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel sɛ ɔde no betim hɔ de akosi daa nti na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmude ne treneede. Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu ne nnuhuam pii pa ara ne abohene, na nnuhuam a ɛte sɛ nea Seba hemmaa no de maa ɔhene Solomon no so bi amma bio. Na Huram nkoa ne Solomon nkoa a wɔde sika fi Ofir bae no nso de abako nnua ne abohene bae. Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fi ne ɔhene fi atrapoe ne asankuten ne mmɛnta asanku maa nnwontofo no. Na wonhuu saa ade no bi pɛn Yuda asase so. Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae no nyinaa, ɛsono nea ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sanee siim kɔɔ n’asase so. Nso sika a ɛba Solomon nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia, ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne nea abatafo de ba. Na Arabia ahene nyinaa ne asase no so amradofo no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Solomon. Na ɔhene Solomon de sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahanu, sika a wɔaboro nnwetɛbona ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔyɛɛ sika a wɔaboro akyɛm ahasa, sika nnwetɛbona ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu. Na ɔhene de asonse yɛɛ ahengua kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho; na agua no wɔ atrapoe asia, na sika ntiaso wɔ agua no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha atenae no ho, na agyata abien gyinagyina nsa no ho; na agyata dumien gyinagyina hɔ wɔ atrapoe asia no so ɛha ne ha: Wɔnyɛɛ saa bi da ahenni biara mu. Na ɔhene Solomon ade a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon kwae dan mu nneɛma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu: Wommu no hwee Solomon bere so. Na ɔhene wɔ ahyɛnkuw a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfe abiɛsa biara, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne akokɔnini abankwa. Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, adedodow ne nyansa fam. Na asase so ahene nyinaa hwehwɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no bi. Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade, akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de. Na Solomon wɔ apɔnkɔ adan mpemnan, ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ɔpedumien, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. Na odii ahenni nyinaa so de fi asu [Eufrate] ano de kosii Filistifo asase so ne Misraim hye so. Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo, Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔma ɛyɛe sɛ ankye nnua a ɛwɔ tataw so no dodow. Na wɔde apɔnkɔ fii Misraim ne nsaase nyinaa so brɛɛ Solomon. Na Solomon ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, so wɔankyerɛw odiyifo Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne ɔdehwɛfo Ido adehwɛ a ɔhwɛe Nebat ba Yeroboam ho no mu? Na Solomon dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirihyia aduanan. Na Solomon wui, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu. Na ne ba Rehoboam bedii n’ade. Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem, na Sekem na Israelfo nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene. Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim nea ofi ɔhene Solomon anim guan kɔe no tee. Ɛnna Yeroboam san fii Misraim bae. Na wɔsoma kohyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom dennen ne ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no ma ɛnyɛ hare, na yɛnsom wo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnansa monsan mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. Na ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a n’agya Solomon te ase no, wɔyɛ n’afotufo no tuu agyina sɛ: Ɛfo bɛn na moretu me na mede makobua ɔman yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yiye na wosɔ wɔn ani na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnne wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. Na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, na ɔne mmofra a wɔne no nyinii a wotu no fo no kotuu agyina, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfo bɛn na mo nso, moretu, na yɛde akobua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔndua a w’agya de too yɛn so no so ma ɛnyɛ hare, no? Na mmofra a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, sɛɛ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Me kokɔbɛto so sen m’agya asen. Na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo. Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no. Na ɔhene no de asɛnnennen buaa wɔn, na ɔhene Rehoboam gyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛnea mmofra no tuu no fo no sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo. Na ɔhene no antie ɔman no, efisɛ Onyankopɔn na ɔdan no saa, sɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu. Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu. Israel, monkokɔ mo afi mu! Afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi mu. Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene. Na ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a odi adwuma tow so no, na Israelfo no siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔreguan akɔ Yerusalem. Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ. Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fi no nyinaa ano hyiae, mmarima akofofo a wɔapaw wɔn ɔpeha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadan ahenni no ama Rehoboam. Na AWURADE asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israel a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko; monsan nkokɔ mo afi, na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan fii Yeroboam so kɔ no. Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyee nkurow ma ɛyɛɛ den wɔ Yuda, na ɔkyekyee Betlehem ne Etam ne Tekoa, ne Bet-sur ne Soko ne Adulam, ne Gat ne Maresa ne Sif, ne Adoraim ne Lakis ne Aseka, ne Sora ne Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkurow a ɛyɛ den no. Na ɔhyehyɛɛ nkurow no den, na ɔde asafohene ne aduan ne ngo ne nsa akorade kokɔɔ mu. Na ɔde akyɛm ne mpeaw korakoraa nkurow no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkurow no den pa ara. Na Yuda ne Benyamin wɔ no. Na asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ Israel nyinaa fi wɔn nsaase nyinaa so begyinaa n’akyi. Na Lewifo no gyigyaw wɔn nkurow ho mfikyisaase ne wɔn agyapade, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wonnni AWURADE asɔfo, na ɔhyehyɛɛ n’asɔfo maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwi mma a ɔyɛe no. Na wɔn akyi no wɔn a wɔde wɔn koma mae sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifii Israel mmusuakuw nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na wɔmaa Yuda ahenni no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Solomon ba Rehoboam den mfirihyia abiɛsa, efisɛ wɔnantew Dawid ne Solomon kwan so mfe abiɛsa. Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babea ne Abihail a ɔyɛ Yese ba Eliab babea, na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham. Na ɛno akyi no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abigya ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no. Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sen ne yerenom ne ne yefamnom nyinaa, na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne yefam aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia. Na Rehoboam de Maaka ba Abigya dii ne nuanom no mu ti ne panyin, na ɔpɛe sɛ osi no hene. Na odii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsaase no nyinaa so, nkurow a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhamabɔde bebree maa wɔn, na ogyigyee mmea bebree aware momaa wɔn. Na ɛbae sɛ Rehoboam ahenni timii na ɔyɛɛ den no, ogyaw AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho. Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so, efisɛ Israelfo no afom AWURADE. Ɔde nteaseɛnam apem, ahanu ne apɔnkɔsotefo ɔpeduosia bae, na dɔm a wɔne no bae no nni kanbea, wofi Misraim: Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo. Na ogyee Yuda nkurow a ɛyɛ den no, na obeduu Yerusalem. Ɛnna odiyifo Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ho ano aba Yerusalem afi Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mo de, moagyaw me, na me nso magyaw mo mahyɛ Sisak nsa. Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase, na wɔkae sɛ: Ɔtreneeni ne AWURADE. Na AWURADE hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a, mɛma wɔafi mu, na m’abufuw amfa Sisak so anhwie angu Yerusalem so. Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahu me som ne nsaase so ahenni som no. Na Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fi akorade ne ɔhene fi akorade no, ne nyinaa na ɔfae, na ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no nso. Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfo a wɔwɛn ɔhene fi pon ano no asafohene no nsa. Na da biara a ɔhene ba AWURADE fi no, awɛmfo no bɛtase, na wɔde san kɔ awɛmfo no dan mu. Na sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, AWURADE abufuw no san fii ne ho, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoe baa Yuda mu nso. Na ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den Yerusalem, na odii hene. Na obedii hene no, na wadi mfe aduanan biako, na odii hene mfirihyia dunsɔn Yerusalem a ɛne kurow a AWURADE yii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa ne koma anhwehwɛ AWURADE. Na Rehoboam ho nsɛm, kan de ne akyiri de nso, so wɔankyerɛw odiyifo Semaia ne ɔdehwɛfo Ido nsɛm mu antoatoa so? Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa. Na Rehoboam wui, na wosiee no ahemfo amusie wɔ Dawid kurow no mu. Na ne ba Abigya bedii n’ade. Ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe so no, Abigya bedii Yuda so hene. Mfe abiɛsa na odii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ofi Gibea. Na ɔko baa Abigya ne Yeroboam ntam. Na Abigya de mmarima akofofo dɔm a ano si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannan yɛɛ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa ɔpehanwɔtwe, mmarima a wotumi a wɔapaw wɔn ne no bɛbɔɔ ani. Na Abigya sɔree Semaraim bepɔw a ɛwɔ Efraim mmepɔw so no atifi, na ɔkae sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, muntie me. So munnim sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahenni ama Dawid de rekosi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa? Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Solomon akoa no sɔre tew ne wuranom anim atua, na nnipa hunu ahuhufo ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Solomon ba Rehoboam, nso na Rehoboam yɛ abofra na ne koma yɛ mmerɛw, enti wantumi wɔn. Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame. So muntutuu AWURADE asɔfo, Aaron mma no ne Lewifo no, na moayɛ asɔfo afa sɛ nsaase so aman no? Obiara a ɔba sɛ wonnye n’antwiforo ne adwennini ason mfa asɔfodi nhyɛ ne nsa no na wayɛ ɔsɔfo ama nea ɛnyɛ Onyankopɔn no. Na yɛn de, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaw no ɛ, na asɔfo a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifo no kura wɔn adwuma mu. Na wɔhyew ɔhyew afɔre ma AWURADE daa anɔpa ne anwummere ne ɔhyew aduhuam no. Na wosiesie Kyerɛ Abodoo wɔ ɔpon kronkron no so, na sika kaneadua ne n’akanea no, wɔsɔ daa anwummere. Na yɛn de, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛde no, na mo de, moagyaw no. Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye. Na Yeroboam maa atɛwfo buu wɔn ho braka na wɔabefi wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛwfo no wɔ wɔn akyi. Na Yuda dannan wɔn ani no, na hwɛ, dɔm no wɔ anim ne akyi. Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ AWURADE, na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto. Na Yuda mmarima bobɔɔ ose. Na Yuda mmarima no bobɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui Abigya ne Yuda anim. Na Israelfo no gui Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa. Na Abigya ne ne man kunkum wɔn okunkɛse, na apirafo a wɔtotɔe Israel mu si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannum. Na wɔbrɛɛ Israelfo no ase bere no mu, na Yudafo no ho yɛɛ den, efisɛ wotweri AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Abigya tiw Yeroboam, na okogyee ne nsam nkurow: Betel ne ɛho nkurowa, ne Yesana ne ɛho nkurowa, ne Efron ne ɛho nkurowa. Na Yeroboam annya tumi bi bio Abigya bere so. Na AWURADE kaa no ma owui. Na Abigya de, onyaa tumi, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu abien, ne mmabea dunsia. Na Abigya ho nsɛm nkae ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔakyerɛw odiyifo Ido nkyerɛase nhoma no mu. Na Abigya wui, na wosiee no Dawid kurow mu, na ne ba Asa bedii n’ade. Ne bere so na asase no so dwoe mfe du. Na Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ Awurade ne Nyankopɔn ani so, na oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no, na oburuw adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui. Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne n’ahyɛde no so. Na oyiyii Yuda nkurow nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne owia ahoni no. Na n’ahenni no mu dwoe wɔ n’ase. Na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den Yuda, efisɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko bi mfe no mu, efisɛ AWURADE maa no ɔhome. Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekye nkurow yi, na yɛmfa ɔfasu ne aban atenten, apon ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, efisɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyee, na esii wɔn yiye. Na Asa wɔ dɔm a wokura akyɛm ne mpeaw: Yuda mu nnipa ɔpehasa ne Benyamin mu nnipa a wokura akyɛm na wokuntun ta ɔpehanu aduɔwɔtwe, mmarima akokodurufo ara nko. Na Etiopiani Serah de dɔm a ano si apem ahorow apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na obeduu Maresa. Na Asa fii adi kohyiaa no, na wɔbaee mpasua mu Sefata bon mu, Maresa ho. Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden. Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafo no gui Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee. Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tiw wɔn koduu Gerar. Na Etiopiafo mu nnipa totɔe ara kosii sɛ nkwagye bi anka amma wɔn, na wɔdwerɛw wɔn, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asade bebree pa ara. Na wɔsɛee nkurow a etwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kitaa wɔn; na wɔfom nkurow no nyinaa, efisɛ asade pii wɔ mu. Na wɔsɛee mmoakuw ntamadan nso, na wɔfaa nguan pii ne yoma kɔe, na wɔsan baa Yerusalem. Na Onyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so, na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo. Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara. Na wɔn ahohia mu, wɔsan baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔma wohuu no. Na ɛbere no mu no na asomdwoe nni hɔ mma nea ofi adi ne nea ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsaase no sotefo nyinaa so. Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman, ne kurow ne kurow, na Onyankopɔn de ahohia nyinaa tanee wɔn ani. Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua. Na Asa tee nsɛm yi ne odiyifo Oded adiyi no, ɔhyɛɛ ne ho den, na oyii atantanne no fii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkurow a ogyei Efraim bepɔw so no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔremuka a ɛwɔ AWURADE ntwironoa no anim no foforo. Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔho a wofi Efraim ne Manase ne Simeon bae bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wohui sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi nti, nnipa pii wae fii Israel baa ne fam. Na wɔboaa wɔn ho ano Yerusalem, ɔsram a ɛto so abiɛsa no, Asa ahenni afe a ɛto so dunum so. Na wɔde asade a wɔde bae no bi bɔɔ AWURADE afɔre da no: Anantwi ahansɔn ne nguan mpemnsɔn, na wɔkɔɔ apam no mu sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛse oo, ɔbarima oo, ɔbea oo, wonkum no. Na wɔde nne kɛse ne osebɔ ne ntorobɛnto ne mmɛn sua kyerɛɛ AWURADE. Na Yuda nyinaa ani gyee nsua no ho, efisɛ wɔn koma nyinaa na wɔde suae; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔma wohuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae. Na Maaka a ɔyɛ ɔhene Asa ne na nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no, bubuu no dukuduku kɔhyewee Kidron subon mu. Na sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi amfi Israel; nanso Asa koma dii mu ne nna nyinaa mu. Na ɔde n’agya akronkronne ne n’ankasa akronkronne baa Onyankopɔn fi: Dwetɛ ne sika ne nnwinne. Na akodi bi amma de kosii Asa ahenni afe a ɛto so aduasa anum so. Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔkyekyee Rama sɛ ɔde resiw nea ofi adi ne nea ɔba mu, Yuda hene Asa fam, kwan. Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika fii AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu soma kɔmaa Siria hene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ: Apam wɔ me ne wo ntam, ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bebubu wo ne Israel hene Basa apam no mu, na omfi me so nkɔ. Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkurow aduan akorae nyinaa. Na Basa tee no, ogyaee Rama kyekye, na ɔmaa n’adwuma no kae. Ɛnna ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔde kyekyee Geba ne Mispa. Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa. So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa. Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ. Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu. Na hwɛ, Asa ho nsɛm, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu. Na Asa yaree ne nan, n’ahenni afe a ɛto so aduasa akron mu, na ne yare no ano yɛ den pa ara, nanso ne yare no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfo. Na Asa wui, n’ahenni afe a ɛto so aduanan biako mu. Na wosiee no n’asiei a ɔbɔre fae, Dawid kurow mu no mu. Na wɔde no too nnae a nnuhuam ahorow a wɔafra no adufrafo kwan so ayɛ so ma no so, na wɔhyew ɔhyew kɛse pa maa no. Na ne ba Yehosafat bedii n’ade na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asi. Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifo duaduaa Yuda asase so ne Efraim nkurow a n’agya Asa gyei no mu. Na AWURADE dii Yehosafat akyi, efisɛ ɔnantew n’agya Dawid kan akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim, na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnantewee, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛe no. Na AWURADE maa n’ahenni no timii ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛde brɛɛ Yehosafat, na onyaa adedodow ne anuonyam bebree. Na ɔnantew AWURADE akwan mu nti onyaa akokoduru de yiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no fii Yuda. Na n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkurow mu. Na Lewifo, Semai, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adonigya, Tobia ne Tob-adonigya a wɔyɛ Lewifo no ka wɔn ho, na asɔfo Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho. Na wɔkɔkyerɛkyerɛe Yuda, na wokura AWURADE mmara nhoma no kyinii Yuda nkurow nyinaa mu kyerɛkyerɛe ɔman no mu. Na AWURADE ho hu baa nsaase a etwa Yuda ho hyia no ahenni nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako. Na wofi Filistifo mu nso de ayɛyɛde ne dwetɛ beyii tow maa Yehosafat; Arabiafo mpo de nguan brɛɛ no: Adwennini mpemnsɔn ahansɔn, ne mpapo nso mpemnsɔn ahansɔn. Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduankora nkurow Yuda. Na ɔwɔ akorade bebree Yuda nkurow mu, ne akofofo, mmarima a wotumi, Yerusalem. Na wɔn nkanee sɛ wɔn mpanyimfi te ni: Yuda mu mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wotumi ɔpehasa ka ne ho. Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan di, na nnipa ɔpehanu aduɔwɔtwe ka ne ho. Na ɔno so na Sikri ba, Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE ayamye so no di, na mmarima a wotumi ɔpehanu ka ne ho. Na Benyamin mu: Ɔbarima a otumi Eliada, na nnipa ɔpehanu a wokura atadua ne akyɛm ka ne ho. Na ɔno so na Yehosabad di, na nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛnea wɔrekɔ sa ka ne ho. Eyinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkurow a ɛyɛ den no mu no. Na Yehosafat nyaa adedodow ne anuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nse. Na mfe bi akyi no, osian kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkum nguan ne anantwi bebree maa no ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na ogyigyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead. Na Israel hene Ahab ka kyerɛɛ Yuda hene Yehosafat sɛ: So wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no. Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kobisa AWURADE asɛm nnɛ. Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifo no ano hyiae, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa. Na Yehosafat kae sɛ: So AWURADE diyifo bi nni ha bio na yenkobisa no hɔ ade? Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE hɔ ade, nanso metan no, efisɛ ɔnka me ho asɛm pa bi, na daa, bɔne na ɔka; ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa. Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm. Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn agua so hyehyɛ wɔn ntade, na wɔtete Samaria pon ano mprae so; na adiyifo no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim. Na Kenaana ba, Sedekia yɛɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode bɛko Siriafo no de akosi sɛ wobewie wɔn. Na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kodi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa. Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nsɛm yɛ pɛ na eye ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako asɛm, na ka asɛmpa. Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka. Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na ose: Monkɔ na munkodi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mpɛn ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokware nko, AWURADE din mu? Ɛnna ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na AWURADE se: Eyinom nni wuranom? Ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu. Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom bɔne? Na Mikaia se: Enti muntie AWURADE asɛm. Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum. Na AWURADE se: Hena na ɔbɛdaadaa Israel hene Ahab, na waforo akɔtɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ. Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim, na ɔkae sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no, na wubetumi nso, fi kɔ na kɔyɛ sa. Na afei, hwɛ, AWURADE de atoro honhom ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom, na AWURADE aka wo ho bɔne. Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛnee bɛbɔɔ Mikaia sotɔre kae sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam fii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ wo yi? Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wubefi pia mu akɔ pia mu akohintaw no na wubehu. Na Israel hene no kae sɛ: Momfa Mikaia nsan nkɔ kurow no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn, na monka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo. Na Mikaia se: Ɔsan de, wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie! Na Israel hene no ne Yuda hene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead. Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu. Nso na Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko sɛ gye Israel hene no nko. Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe. Na Yehosafat teɛɛm; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn dan wɔn fii ne ho. Na nteaseɛnam so asafohene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsan fii n’akyi. Na ɔbarima bi twee ne ta mu, n’anibiannaso so, na ɔde wuraa Israel hene no mmɔtoam nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa na fa me fi dɔm yi mu, na mapira. Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura mu gyina ne teaseɛnam no mu Siriafo no anim ara kosii anwummere. Na owia kɔtɔe no, owui. Na Yuda hene Yehosafat san baa ne fi asomdwoe mu Yerusalem. Na Hanani ba Yehu, ɔdehwɛfo no, fi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔhene Yehosafat sɛ: So ɔbɔnefo na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtan AWURADE no na wodɔ wɔn? Na eyi nti abufuw a efi AWURADE anim da wo so. Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn. Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsan fi kɔɔ ɔman no mu de fi Beer-seba kosii Efraim bepɔw so, na ɔsan wɔn baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. Na osisii atemmufo asase no so, Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu mmiako mmiako. Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmu asɛm no mu. Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam. Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifo ne asɔfo ne Israel agyanom atitiriw no mu binom sisii AWURADE atemmu ne asɛnni so. Na wɔsan baa Yerusalem. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Saa na monyɛ AWURADE suro mu, nokware ne koma mu mu. Na ɔham asɛm biara a ɛba mo nkyɛn a efi mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm anaa mmara ne ɛmom, ahyɛde ne atemmu ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni AWURADE anim so, na abufuw amma mo ne mo nuanom so; monyɛ sa, na morenni so. Na hwɛ, ɔsɔfo Amaria di mo ti, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fi bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufo Lewifo no wɔ mo anim nso. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafo bɛtena. Na ɛno akyi no, Moabfo ne Amonfo ne Maonfo no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko. Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Dɔm kɛse bi fi po no agya fi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasasɔn-tamar [Ɛno ne En-gedi]. Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu. Na Yuda boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ ade. Nso Yuda nkurow nyinaa mu na wofi bae bɛhwehwɛɛ AWURADE. Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem bagua no mu AWURADE fi abangua foforo no anim, na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim. So ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wutuu asase yi sofo fii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefo de rekosi daa no? Na wɔtenaa so, na wosii wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ: Sɛ bɔne bi, afoa, atemmu anaa ɔyaredɔm sɛ ɔkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abegyina ofi yi anim ne w’anim, efisɛ wo din wɔ ofi yi mu, na yɛafi yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn. Na afei, hwɛ, Amonfo ne Moab ne Seir bepɔw a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn so, bere a wofi Misraim asase so reba no, na mmom wɔdan fii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no, hwɛ, nea wɔde retua yɛn so ka ne sɛ wɔaba rebetu yɛn afi w’agyapade a wɔde maa yɛn sɛ yenni so no so. Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da. Na Yuda nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma. Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ofi Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa no so bagua no mu, na ɔkae sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfo ne ɔhene Yehosafat, muntie! Sɛ AWURADE se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. Ɔkyena munsian nkɔ wɔn so; hwɛ, wɔreforo Sis aforoe reba, na mobɛkɔ akɔto wɔn obon no awiei, Yeruel sare anim. Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na AWURADE bedi mo akyi. Ɛnna Yehosafat kotowee de n’anim butuw fam, na Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE. Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ. Na wɔsɔree anɔpatutu, na wofii adi kɔɔ Tekoa sare so; na wɔrefi adi no, Yehosafat gyinae na ɔkae sɛ: Yuda ne Yerusalemfo, muntie me. Munnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mubetim, na munnye n’adiyifo no nni, na mubedi yiye. Na ɔne ɔman no tuu agyina, na oyiyii nnwontofo a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefi adi no, wodii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkae sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na ɛbere a wɔrefi dwonto ne ayeyi ase no, AWURADE maa atɛwfo baa Amonfo, Moab ne Seir bepɔw sofo a wɔbaa Yuda so no so, na wɔkaa wɔn gui. Na Amon ne Moabfo no sɔre hyɛɛ Seir bepɔw sofo no sɛee wɔn pasaa. Na wowiee Seirfo no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkum sɛe wɔn ho wɔn ho. Na Yuda duu ahwɛe a ɛkyerɛ sare so na wɔdan wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛse no, na hwɛ, wɔn afunu na egugu fam, na obi amfi mu. Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔe kɔfom wɔn asade no, na wohuu wɔn mu ahode ne ntade ne nnwinne a ɛyɛ fɛ pii pa, na wɔtase fae a wontumi nsoa, na wɔde asade no fom ara nnansa, efisɛ ɛdɔɔso bebree. Na da a ɛto so anan no, wɔboaboaa wɔn ho ano nhyira bon no mu, efisɛ ɛhɔ no wohyira AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Nhyira-bon” de besi nnɛ. Na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigye san baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfo ho. Na wokurakura mmɛnta asanku ne asankuten ne ntorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛn AWURADE fi. Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfo ako no, Onyankopɔn ho hu kaa nsaase so ahenni nyinaa. Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae. Na Yehosafat dii Yuda so hene: Obedii hene no, na wadi mfe aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba. Na ɔnantew n’agya Asa kwan so, na wamman amfi so, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn koma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yehosafat ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahene nhoma mu no mu. Na ɛno akyi no, Yuda hene Yehosafat ne Israel hene Ahasia a odii nsɛmmɔne no pamee. Na ɔne no pamee sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpompam ahyɛn no Esion-geber. Na Dodawahu a ofi Maresa ba Eliesa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis. Na Yehosafat wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho Dawid kurow no mu, na ne ba Yehoram bedii n’ade. Na ɔwɔ nuammarimanom a wɔyɛ Yehosafat mma: Asaria ne Yehiel ne Sakaria ne Asaria ne Mikael ne Sefatia; eyinom nyinaa yɛ Israel hene Yehosafat mma. Na wɔn agya maa wɔn akyɛde bebree: Dwetɛ ne sika ne aboɔdenne ne Yuda mu nkurow a ɛyɛ den bi nso, na ahenni no de, ɔde maa Yehoram, efisɛ ɔno ne abakan. Na Yehoram sɔre dii n’agya ahenni no so no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔde nkrante kunkum ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso. Yehoram dii mfe aduasa na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem. Na ɔnantew Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe no, efisɛ Ahab ba bɛyɛɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fi no, apam a ɔne Dawid pamee no nti, ne sɛ ɔkae sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no. Ne bere so na Edom tew atua fii Yuda nsa ase, na wokosii wɔn so hene. Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sen kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na okokum Edomfo a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no. Na Edom tew atua fii Yuda ase de besi nnɛ. Ɛno na Libna nso tew atua bere no ara mu fii n’ase, efisɛ wagyaw AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no. Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔw so, na ɔde Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda ma wɔman kɔɔ bɔne mu. Na kyerɛw bi fii odiyifo Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ woannantew w’agya Yehosafat akwan so ne Yuda hene Asa akwan so, na wonantew Israel ahene akwan so, na wode Yuda ne Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu sɛ Ahab fi aguamammɔ no, nanso woakum wo nuanom, w’agya fifo a woye sen wo no nti, hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛse bɛhaw wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahode nyinaa; na w’ankasa nso, ɔde nyarewa bebree bɛhaw wo: Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akosi sɛ ɔyare no nti w’ayamde befi adi da biara da. Na AWURADE hwanyan Filistifo ne Arabiafo a wɔwɔ Etiopiafo nkyɛn mu no honhom hyɛɛ Yehoram. Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetew mu, na wɔfaa ahode a wohui ɔhene fi nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas. Na eyi nyinaa akyi no, AWURADE de ayamde mu yare a enni sabea bɔɔ no. Na eyi kɔɔ so ara kosii mfe abien awiei no, n’ayamde fii adi ɔyare no ara mu, na owui ɔyaw pii mu. Na ne man ansɔ gya bi anhyɛ no anuonyam sɛ wɔhyew maa n’agyanom no. Odii mfe aduasa abien na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wosiee no Dawid kurow mu, nanso ɛnyɛ ahene damoa no mu. Na Yerusalemfo de ne ba akumaa Ahasia sii hene n’ananmu, efisɛ ne mma mpanyin no nyinaa, afowfo asafo a wɔbaa nsram, Arabiafo no mu no kunkum wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene. Ahasia dii mfe aduanan abien na obedii hene, na odii hene afe biako Yerusalem. Na ne na din de Atalia, Omri ba. Ɔno nso nantew Ahab fi akwan so, efisɛ ne na tuu no fo sɛ onni asɛmmɔne. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fi, efisɛ n’agya wu akyi no, wɔn na wotuu no fo na ɛma ɔsɛee. Wɔn afotu nso so na ɔnam kɔe, na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo no piraa Yehoram. Na ɔsanee sɛ ɔkɔsa ne ho yare Yesreel afi opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, wopirapiraa no Rama no mu. Na Yuda hene Yehoram ba Asaria sian kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, efisɛ ɔyare. Na Onyankopɔn na ɔde asiane besianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na odui no, ɔne Yehoram fi kohyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fi. Na Yehu de atemmu baa Ahab fi so no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia ne nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn. Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno de, ɔde ne ho ahintaw Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wokum no. Na wosiee no, na wɔkae sɛ: Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obi nni Ahasia fi bio a obenya ahenni no ho ahoɔden. Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba no awu no, ɔsɔre kɔdwerɛw ahenni no asefo nyinaa Yuda fi. Na ɔhene babea Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu, na ɔde no ne ne gyigyefo hyɛɛ pia mu. Na sɛ ɔhene Yehoram babea Yehosabat a ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabea nti, ɔde no hintaw fii Atalia anim na wankum no. Na ɔne wɔn tenaa Onyankopɔn fi hintawee mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmea. Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada hyɛɛ ne ho den, na ɔfaa ɔha ha so asafohene, Yeroham ba Asaria ne Yohanan ba Ismael ne Obed ba Asariahu ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat ma wɔne no pamee. Na wokyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifo no ano fi Yuda nkurow nyinaa mu, ne Israel agyanom atitiriw no, na wobehyiaa Yerusalem. Na bagua no nyinaa ne ɔhene pamee Onyankopɔn fi. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na obedi hene, sɛnea AWURADE aka Dawid mma ho no. Ade a monyɛ ni: Mo mu asɔfo ne Lewifo a wɔba asɔrefi homeda no mu nkyɛmu abiɛsa mu biako mmɛyɛ aponanohwɛfo; na nkyɛmu biako ntena ɔhene fi, na nkyɛmu biako nso ntena nnyinaso pon no ano na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fi abangua no so. Na obi nnhyɛn AWURADE fi gye asɔfo ne Lewifo mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛn mu, efisɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahwɛde no. Na Lewifo no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akode nkurakura wɔn nsam; na nea ɔhyɛn ofie hɔ no, wonkum no; na wɔntena ɔhene no ho, n’adifi ne ne muba mu. Na Lewifo no ne Yuda nyinaa yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefi homeda ne wɔn a ɛrepɔn adwuma homeda no bae, efisɛ ɔsɔfo Yehoiada amma wɔn a ɛrepɔn no ampɔn. Na ɔsɔfo Yehoiada de ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm akɛse ne nkumaa a ɛwowɔ Onyankopɔn fi no momaa ɔha ha so asafohene no. Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wokurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ne ɔdan no ho, twaa ɔhene no ho hyiae. Na woyii ɔhene ba no fii adi, na wɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na wɔde adanse no maa no, na wosii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, na wɔkae sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn AWURADE fi, na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina n’agyinae abobow ano, na asafohene ne ntorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛn ntorobɛnto, na nnwontofo no de asanku rebɔ ayeyi nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atade mu, na ɔkae sɛ: Atirisopam, atirisopam! Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfi nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na nea obedi n’akyi no, wonkum no nkrante ano. Na ɔsɔfo no se: Munnkum no AWURADE fi. Na wosoo no mu de no kɔɔ apɔnkɔ pon no ano, ahemfi, na wokum no wɔ hɔ. Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man. Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fi koburuwii, na n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubui, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. Na Yehoiada siesiee AWURADE fi hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfo a wɔne Lewifo a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fi so no nsa, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyew afɔre, na sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu no, wɔnyɛ no anigye ne dwonto mu sɛ Dawid hyehyɛe no. Nanso ɔde aponanohwɛfo gyinagyinaa AWURADE fi apon no ano, na nea ne ho akum, asɛm biara mu, anhyɛn mu. Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne abirempɔn no ne ɔman no sodifo ne asase no sofo nyinaa, na ɔde ɔhene no fii AWURADE fi sianee, na wɔbaa ɔhene fi pon a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahenni agua no so. Na asase no sofo nyinaa ani gyei, na kurow no mu dwoe. Na Atalia de, wɔde nkrante kum no. Yoas dii mfe ason na obedii hene, na odii hene mfe aduanan Yerusalem, na ne na din de Sibia, ofi Beer-seba. Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, ɔsɔfo Yehoiada bere no so nyinaa. Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwowoo mmammarima ne mmabea. Na ɛno akyi no, ɛbaa Yoas koma mu sɛ ɔbɛpompam AWURADE fi no foforo. Na ɔboaboaa asɔfo no ne Lewifo no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi adi nkɔ Yuda nkurow so, na monkɔboa dwetɛ ano mfi Israel nyinaa nsam, na wɔmfa mpompam mo Nyankopɔn fi no daa afe; na mo de, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifo no ho anyɛ hare. Ɛnna ɔhene no frɛɛ ɔpanyin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na womma Lewifo no nnye Yuda ne Yerusalem tow a AWURADE akoa Mose ne Israel bagua no hyɛ maa adanse ntamadan no? Na Atalia, ɔbɔnefo no, ne mma atetew Onyankopɔn fi no mu, na AWURADE fi akronkronne nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim. Na ɔhene no kae ma wɔpam adaka biako na wɔde sii AWURADE fi pon ano wɔ adiwo, na wɔpaee Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Onyankopɔn akoa Mose tow a ɔde too Israel so, sare so no, mmrɛ AWURADE. Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyei; na wɔde bae beguu adaka no mu ara kosii sɛ ɛyɛɛ ma. Na bere biara a Lewifo no behu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu na wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ so no, ɔhene kyerɛwfo ne nea ɔsɔfo panyin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ so no ba behwie fi adaka no mu, na wɔma so san de kosi ne sibea. Saa na wɔyɛ da biara da, na wɔboaboaa sika bebree ano. Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no, na wɔde bobɔɔ abopaefo ne adwumfo paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fi no foforo, ne dade ne kɔbere adwumfo nso, sɛ wommiamia AWURADE fi no mu. Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na ɔpompam adwuma no kɔɔ so, wɔn nsam, na wɔde Onyankopɔn fi no sii hɔ ma ɛyɛɛ yiye na ɛyɛɛ den. Na wowiei no, wɔde sika no nkae baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yeyɛɛ nneɛma maa AWURADE fi, ɔsom ne ɔhyew afɔre no ho nneɛma ne nkora ne sika ne dwetɛ nneɛma no. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE fi daa, Yehoiada bere no so nyinaa. Na Yehoiada bɔɔ akora na nna mee no, na owui. Na owui no, na wadi mfirihyia ɔha aduasa. Na wokosiee no Dawid kurow mu, ahene no nkyɛn, efisɛ odii asɛm pa, Israel ne Nyankopɔn ne ne fi no ho. Na Yehoiada wu akyi no, Yuda mmapɔmma bae bɛkotow ɔhene no. Ɛnna ɔhene tiee wɔn. Na wogyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fi, na wɔkɔsom Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodi yi nti abufuw baa Yuda ne Yerusalem so. Na ɔsomaa adiyifo baa wɔn mu sɛ wɔmmɛsan wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wodii wɔn adanse, nanso wɔantie. Na Onyankopɔn honhom baa ɔsɔfo Yehoiada ba Sakaria so, na okogyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn se ni: Ɛdɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yiye. Sɛ moagyaw AWURADE yi, ɔno nso agyaw mo. Na wɔpam ne tiri so, na wokosiw no abo, sɛ ɔhene hyɛe no, AWURADE fi abangua so. Na ɔhene Yoas ankae adɔe a n’agya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne ba no. Na ɔrewu no, ɔkae sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were. Na afe no dui no, Siriafo dɔm tu baa no so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa fii ɔman no mu, na wɔn asade no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene. Na nnipa kakraa bi na Siriafo dɔm de bae, nanso AWURADE de dɔm kɛse pa ara hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm. Na wofii no so siim kɔe no, efisɛ wogyaw no apirakuru bebree mu, ne nkoa pam ne tiri so, ɔsɔfo Yehoiada mma no mogya nti, na wokokum no ne mpa so, na owui. Na wosiee no Dawid kurow mu, na nso wɔansie no ahene no asiei. Na wɔn a wɔpam ne tiri so no ni: Sabad, Amonni bea Simat ba, ne Yehosabad, Moabni bea Simrit ba. Na ne mma no, ne tow dodow a wogyee, ne Onyankopɔn fi pempam no, hwɛ, wɔakyerɛw no ahene nhoma nkyerɛase no mu. Na ne ba Amasia bedii n’ade. Amasia dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfirihyia aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan, ofi Yerusalem. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ ne koma pɛyɛ mu. Na ahenni no timii no so no, okunkum ne nkoa a wokum n’agya, ɔhene no. Na wɔn mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu, Mose nhoma no mu a AWURADE hyɛe sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa ankasa bɔne nti na wɔmma onwu. Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanyimfi so ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkan wɔn fi wɔn a wɔadi mfe aduonu ne akyiri so. Na ohuu wɔn sɛ wosi nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehasa a wotumi ɔsatu, kura mpeaw ne akyɛm. Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛse ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa ɔpeha a wɔyɛ mmarima akokodurufo. Na Onyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa, akyi; nanso sɛ wususuw sɛ woyɛ saa a na wubenya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; efisɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe ase. Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdɛn na wɔnyɛ dwetikɛse ɔha a mede mama Israel asafo no? Na Onyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo ade pii asen eyi. Na Amasia paee asafo a wofi Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkokɔ wɔn tenabea. Na wɔn bo fuw Yuda sɛ, na wɔde abufuhyew san kokɔɔ wɔn tenabea. Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-bon no mu, na okokum Seirfo no mu nnipa ɔpedu. Na wɔn mu nnipa ɔpedu nso, Yudafo no faa wɔn nnommum animono, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotow wɔn fii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee. Na asafo a Amasia ma wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma koguu Yuda nkurow so fi Samaria koduu Bet-horon, na wokunkum wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfow ade bebree. Na Amasia fi Edomfo kum san bae no, ɔde Seirfo anyame bae, na ɔde besisii hɔ sɛ anyame, na ɔkotow wɔn anim, na ɔhyew aduhuam maa wɔn. Ɛnna AWURADE abufuw sɔre hyɛɛ Amasia, na ɔsomaa odiyifo bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfi wo nsam no? Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wɔahyɛ wo ɔhene fotufo? Gyae! Ɛdɛn nti na wonkum wo? Na odiyifo no gyaee, na ɔkae sɛ: Mahu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woayɛ eyi, na woantie m’afotu no. Ɛnna Yuda hene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israel hene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu ba nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ wɔ ɔko mu. Na Israel hene Yoas soma kɔɔ Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so. Wuse: Hwɛ, woakum Edom, na wo koma ama wo so sɛ worehwehwɛ anuonyam. Afei tena wo fi. Ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa? Na Amasia antie, efisɛ Onyankopɔn nsam na efi, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsa, sɛ wɔahwehwɛ Edom anyame no ntia. Na Israel hene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yuda hene Amasia, wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no. Na Yuda gui Israel anim, na woguanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. Na Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoahas ba Yoas ba de, Israel hene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem, na oburuu Yerusalem fasu no fi Efraim pon ho de kosii twea pon no ho, basafa ahanu. Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinne a wohui Onyankopɔn fi Obed-edom nsam no nyinaa, ne ahemfi akorade no ne nnɔnwowa, na ɔsan kɔɔ Samaria. Na Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirihyia dunum, Israel hene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wu akyi. Na Amasia ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔankyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu anaa? Na efi bere a Amasia san fii AWURADE akyi no, wɔpam ne tiri so Yerusalem, na oguan kɔɔ Lakis, na wɔsoma tiw no kɔɔ Lakis kokum no wɔ hɔ. Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wobesiee no n’agyanom nkyɛn Yuda kurow no mu. Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirihyia dunsia, na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu. Ɔno na ɔkyekyee Elot, na ɔdan maa Yuda bere a ɔhene no ne n’agyanom nkɔ asaman no. Usia dii mfe dunsia na obedii hene, na odii hene mfe aduonu abien Yerusalem. Na ne na din de Yekalia, ofi Yerusalem. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Amasia yɛe no ara. Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye. Na ofii adi ne Filistifo kɔkoe, na obubuu Gat fasu ne Yabne fasu ne Asdod fasu, na ɔkyekyee nkurow wɔ Asdod ne Filistifo no mu. Na Onyankopɔn boaa no hyɛɛ Filistifo ne Arabiafo a wɔtete Gur-baal ne Meunifo no. Na Amonfo de ayɛyɛde brɛɛ Usia, na ne din hyehye koduu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara. Na Usia totoo aban atenten Yerusalem, twea pon no so ne obon pon no so ne emu fam twea no so, na ɔhyehyɛɛ no den. Na ɔtotoo aban atenten nso sare so, na otutuu mmura pii, efisɛ ɔwɔ mmoakuw bebree tataw ne asasetaw so. Ɔwɔ akuafo ne bobe turoyɛfo, mmepɔw so ne Karmel so, efisɛ ɔpɛ kua. Na Usia wɔ dɔm a wodi ako a wotu sa asafo so, sɛ wɔn nkanee a wɔnam ɔkyerɛwfo Yeiel ne ɔpanyin Maaseia so kan wɔn no ano te, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ofi ɔhene asafohene no mu no ase. Agyanom atitiriw a wɔwɔ mmarima akofo no mu no nyinaa ano si mpennu ahansia. Na dɔm a wɔyɛ akokodurufo a wɔhyɛ wɔn ase no ano si ɔpehasa ne mpemnsɔn ahanum, akofo a wɔwɔ tumi ne ahoɔden de boa ɔhene hyɛ atamfo. Wɔn na Usia siesiee akyɛm ne mpeaw ne nnadekyɛw ne nkatabo ne atadua ne ntaaboo maa wɔn, sɛ wɔmfa mma dɔm no nyinaa. Na ɔyɛɛ adetow afiri a ɛyɛ adwumfo adwinni Yerusalem, sɛ ensisi aban atenten so ne afasu twea so, na wɔmfa ntotow agyan ne abo akɛse. Na ne din hyetae kɔɔ akyirikyiri pa ara, na onyaa ɔboa a ɛyɛ nwonwa kosii sɛ ne ho yɛɛ den. Na ne ho yɛɛ den no, ɛhoran no ma ɔsɛee, na ɔfom AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam, aduhuamhyew muka no so. Na ɔsɔfo Asaria dii n’akyi, na AWURADE asɔfo aduɔwɔtwe, nnipa a wotumi ka ne ho. Na wokogyinae ne ɔhene Usia dii asi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo de sɛ wobɛhyew aduhuam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfo, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhyew aduhuam no dea. Fi adi fi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim. Na Usia bo fuwii, na aduhuamhyew ade no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhyew aduhuam no. Na ɔfaa asɔfo no abufuw no, kwata fifii ne moma so, asɔfo no anim, AWURADE fi hɔ, aduhuamhyew muka no ho. Na ɔsɔfo panyin Asaria dan n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfo no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wopiapiaa no fii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm fii adi, efisɛ AWURADE aka no. Na ɔhene Usia yaree kwata kosii ne wuda, na ɔtenaa ayarefo fi sɛ ɔkwatani, na wosiw no AWURADE fi kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fi no so, na ɔyɛɛ odikanfo maa asase no sofo no nyinaa. Na Usia ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, Amos ba odiyifo Yesaia akyerɛw. Na Usia ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, ahene asiei asase no so, na wɔkae sɛ: Ɔyaree kwata. Na ne ba Yotam bedii n’ade. Yotam dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na ne na din de Yerusa, Sadok ba. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛe no ara; nanso wanhyɛn AWURADE asɔredan no mu; nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara. Ɔno na osii AWURADE fi atifi pon no; na Ofel fasu no nso, ɔtoo bebree. Na ɔkyekyee nkurow nso Yuda mmepɔw so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atenten kwae mu. Na ɔno ara na ɔne Amonfo hene kɔkoe, na odii wɔn so tumi. Na Amonfo no maa no dwetɛ dwetikɛse ɔha ne awi kor ɔpedu, ne atoko nso ɔpedu, afe no mu. Amonfo no de nneɛma yi brɛɛ no afe a ɛto so abien ne abiɛsa mu nso. Na Yotam hyɛɛ ne ho den, efisɛ osiesiee n’akwan, AWURADE ne Nyankopɔn anim. Na Yotam ho nsɛm nkae ne n’akodi ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Odii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid kurow no mu. Na ne ba Ahas bedii n’ade. Ahas dii mfe aduonu na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔnantew Israel ahene akwan so, na ɔyeyɛɛ gu ahoni nso maa Baalim. Na ɔhyew aduhuam Hinom ba bon no mu, na ɔhyew ne mma ogya mu sɛnea akyide a amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii Israelfo anim no yɛe no te no. Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyehyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria hene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okunkɛse kaa no gui. Na Remalia ba Peka, kunkum Yuda mu nnipa ɔpeha aduonu da koro, mmarima akokodurufo, sɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no ntia. Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kum ɔhene ba Maaseia ne ahemfi bapɔmma Asrikam ne Elkana a odi ɔhene akyi. Na Israelfo no faa wɔn nuanom mu nnipa ɔpehanu nnommum, mmea, mmammarima ne mmabea, na wɔfom wɔn asade bebree, na wɔde asade no kɔɔ Samaria. Na AWURADE diyifo bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Na ofii adi kohyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuw a ɛsɔre hyɛɛ Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuru a edu soro akunkum wɔn. Na afei, Yuda ne Yerusalemfo no na muse moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? So mo de, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo so AWURADE mo Nyankopɔn fam? Na afei, muntie me, na momma nnommum a mofofaa wɔn fii mo nuanom mu no nsan nkɔ, na AWURADE abufuhyew asɔre ahyɛ mo. Ɛnna Efraimfo atitiriw mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre hyɛɛ wɔn a wofi sa bae no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mmma ha, na mudwen nea ɛde AWURADE anim asodi bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodi dedaw no so, efisɛ yɛn asodi dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyew wɔ Israel so. Ɛnna wɔn a wɔamia no gyaw nnommum no ne asade no, asafohene no ne bagua no nyinaa anim. Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wosusoo nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagyaw no, wɔde asade no mu atam bi furafuraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntade ne mpaboa, na wɔmomaa wɔn aduan dii, ne nsu nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wontumi nnantew nyinaa tenatenaa mfurum so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kurow no mu wɔn nuanom nkyɛn; na wɔsan kɔɔ Samaria. Ɛbere no mu, ɔhene Ahas soma kɔɔ Asaria ahene nkyɛn sɛ wɔmmɛboa no. Na Edomfo nso bae, na wobekunkum Yuda mu binom, na wɔfofaa nnommum. Na Filistifo nso beguu tataw so ne Yuda nifa fam nkurow so, na wogyee Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ. Na esiane sɛ Israel hene Ahas ayɛ Yuda mu bisibasaa, na wafom AWURADE nti, AWURADE brɛɛ Yuda ase. Na Asaria hene Tilgat-pilneser baa no so behiahiaa no ho, na wanhyɛ no den, na Ahas kɔfaa AWURADE fi no ne ɔhene ne mmapɔmma no fi ade, na ɔde maa Asaria hene; nanso ammoa no. Na n’ahohia bere mu no ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fom AWURADE, na ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa hintidua. Na Ahas boaboaa Onyankopɔn fi nnwinne ano, na otwitwaa Onyankopɔn fi nnwinne no mu, na ɔtotoo AWURADE fi apon no mu. Na osisii afɔremuka Yerusalem twea nyinaa so. Na ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkurow nyinaa mu, sɛ wɔnhyew aduhuam mma anyame foforo, na ohuruu AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no, bo. Na ne ho nsɛm nkae ne n’akwan nyinaa, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu. Na Ahas wui, na wosiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Yerusalem kurow no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahene asiei. Na ne ba Hesekia bedii n’ade. Hesekia bedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfirihyia aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Abigya, Sakaria ba. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid yɛe no ara. Ɔno de, n’ahenni afe a edi kan no mu, ɔsram a edi kan no so na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no, na omiamiaa mu. Na ɔde asɔfo ne Lewifo no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apuei mprae no so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifo, muntie me, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fi kronkron, na munyiyi fi no mfi kronkronbea hɔ. Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wogyaw no, na woyii wɔn ani fii AWURADE tenabea ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no. Nso wɔtotoo ntwironoa no apon mu, na wodunnum akanea no, na wɔanhyew aduhuam, na ɔhyew afɔre nso wɔammɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no. Enti na AWURADE abufuw baa Yuda ne Yerusalem so, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyerawde ne ahodwiriwde ne hwiremabɔ, sɛnea mo ara mode mo aniwa hu yi. Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afoa ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ne yɛn yerenom no, eyi nti wɔafa wɔn nnommum kɔ. Afei ɛwɔ me koma mu, sɛ me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɛpam, na n’abufuhyew no afi yɛn ho akɔ. Me mma, afei monnyɛ anihaw, na mo na AWURADE apaw mo sɛ munnyina n’anim nsom no, na monyɛ no asomfo ne aduhuamhyewfo. Ɛnna Lewifo no sɔree: Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wofi Kohatfo mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfo no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden; ne Elisafan mma mu: Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu: Sakaria ne Matania; ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel. Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbae sɛnea ɔhene hyɛe AWURADE nsɛm so no, sɛ wɔrebɛpopa AWURADE fi no mu. Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu. Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no na wofii kronkronyɛ ase, na ɔsram no da a ɛto so awotwe no, woduu AWURADE ntwironoa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fi no kronkron nnawɔtwe; na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunsia no, wowiei. Ɛnna wɔhyɛn mu baa ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yɛapopa AWURADE fi hɔ nyinaa, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho ade nyinaa, ne nsiesiei pon no ne ɛho nneɛma nyinaa ho; na nneɛma a ɔhene Ahas di hene no, ɔtow gui, ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔremuka no anim. Ɛnna ɔhene Hesekia tuaa ahema boaboaa kurow no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fi. Na wɔde anantwinini ason ne adwennini ason ne nguammaa ason ne mpapo ason kɔbɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no ne kronkronbea no ne Yuda; na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfo no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so. Na wokunkum anantwi no, na asɔfo no sɔw mogya no, na wɔde petee afɔremuka no so, na wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so, na wokunkum nguammaa no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na wɔde bɔne ho afɔre mpapo no baa ɔhene ne bagua no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so. Na asɔfo no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔre guu afɔremuka no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa, na ɔhene no kae se ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre no yɛ wɔn dea. Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe. Na Lewifo no de Dawid asanku no gyinagyina hɔ, na asɔfo no nso de ntorobɛnto. Na Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so. Na ɛbere a wofii ɔhyew afɔre bɔ no ase no, AWURADE dwom ne ntorobɛntohyɛn nso fii ase Israel hene Dawid asanku no so. Na bagua no nyinaa kotokotowee, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ara de kosii sɛ wowiee ɔhyew afɔre no bɔ. Na wowiee ɔhyew afɔre no bɔ no, ɔhene ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotokotow sɔree. Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Hesekia buae sɛ: Afei moahyehyɛ mo nsa amaama ama AWURADE, muntwiw mmɛn, na momfa okum afɔre ne aseda afɔre mmra AWURADE fi. Na bagua no de okum afɔre ne aseda afɔre bae, na obiara a ɔwɔ ayamye koma no de ɔhyew afɔre bae. Na ɔhyew afɔre a bagua no de bae no ano si anantwi aduɔsɔn, adwennini ɔha, nguammaa ahannu. Eyi nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyew afɔre. Na akronkronne no yɛ anantwi ahansia ne nguan mpensa. Nanso na asɔfo no nnɔɔso nti, wɔn nko antumi angua ɔhyew afɔre no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ wowiee adwuma no ansa na asɔfo no yɛɛ wɔn ho kronkron. Efisɛ Lewifo no koma teɛ sen asɔfo no, wɔn ho kronkronyɛ no mu. Nanso ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade ne ahwiesa a ɛka ɔhyew afɔre no ho dɔɔso bebree. Ɛnna wosiesiee AWURADE fi som no. Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyei sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, efisɛ ɔhareso na wɔyɛɛ ade yi. Na Hesekia soma kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔkyerɛw nhoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fi Yerusalem, na wommedi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn. Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne bagua no nyinaa tuu agyina Yerusalem sɛ wobedi Twam ɔsram a ɛto so abien no so. Na wɔantumi anni bere no mu, efisɛ asɔfo no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mma ɛnnɔɔso ɛ, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ho ano Yerusalem ɛ. Na nhyehyɛe no sɔɔ ɔhene ne bagua no nyinaa ani. Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae Israel nyinaa mu mfi Beer-seba nkosi Dan, sɛ wɔmmra mmedi Twam mma AWURADE, Israel Nyankopɔn, wɔ Yerusalem, efisɛ wɔmmɔɔ mu nnii no sɛnea wɔakyerɛw no. Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn. Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfom AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛe ade, sɛnea mo ara muhu yi. Afei munnsinsen mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nsa mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekosi daa no, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew no mfi mo ho nkɔ. Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so. Ɛnna asomafo no, sen fii kurow mu kɔɔ kurow mu, Efraim ne Manase asase so de kosii Sebulon tɔnn. Na wɔsereserew wɔn na wodii wɔn ho fɛw. Nanso ebinom a wofi Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so. Na nkurɔfo bebree boaa wɔn ho ano Yerusalem sɛ wobedi apiti nnapɔnna no ɔsram a ɛto so abien no so, bagua kɛse pa ara. Na wɔsɔre yiyii afɔremuka a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhuamhyew ade no nyinaa nso woyi kɔtow guu Kidron subon mu. Ɛnna wokunkum Twam guan no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui, na wɔyeyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE fi. Na wokogyinagyinaa wɔn agyinae, sɛ wɔn atɔremude no te, Onyankopɔn nipa Mose mmara no mu. Na asɔfo no gyee mogya no Lewifo no nsam de petee. Efisɛ nnipa bebree wɔ bagua no mu a wonnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifo no de Twam guan no kum ara na wokum ma wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. Na ɔman no mu dodow, nnipa bebree a wofi Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon, annya annwira wɔn ho, na wodii Twam no, nso ɛnyɛ sɛnea wɔakyerɛw no. Nso Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na ɔkae sɛ: AWURADE a wuye, fa kyɛ obiara a wasiesie ne koma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so mpo a. Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yare. Na Israelfo a wohuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnansɔn anigye kɛse mu, na Lewifo ne asɔfo no de AWURADE asanku no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa. Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na bagua no nyinaa tuu agyina, sɛ wobedi nnansɔn foforo nso, na wɔde anigye dii nnansɔn no bio. Na ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nguan mpemnsɔn maa bagua no, na mmapɔmma no nso yii anantwi apem ne nguan ɔpedu maa bagua no. Na asɔfo bebree yɛɛ wɔn ho kronkron. Na Yuda bagua no nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ne asafo a wofi Israel bae no nyinaa nso, ahɔho a wofi Israel asase so bae no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyei. Na anigye bebree a efi Israel hene Solomon, Dawid ba no bere so, ɛmaa saa da Yerusalem, baa Yerusalem. Ɛnna asɔfo ne Lewifo no sɔree na wohyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duu ne tenabea kronkron ɔsoro. Na wowiee eyi nyinaa no, Israelfo a wohuu wɔn hɔ no nyinaa fii adi kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu adum, na wotwitwaa Asera nnua, na woburuw sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka no, Yuda ne Benyamin nyinaa, ne nea ɛwɔ Efraim ne Manase no nso, de kosii sɛ wowiei. Ɛnna Israelfo no nyinaa san kokɔɔ wɔn de mu, wɔn nkurow mu. Na Hesekia de asɔfo ne Lewifo no nkyekyem no sisii wɔn nkyekyem so, obiara sɛ ne som te, asɔfo no ne Lewifo no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre na wɔnsom na wɔnna ase nyi ayɛ AWURADE nsra apon mu. Na ɔhyɛɛ ɔhene kyɛfa a efi n’ade mu maa ɔhyew afɔre no, anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre ne home nna ne asram foforo ne afahyɛ ɔhyew afɔre no, sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara mu no. Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfo ne Lewifo no kyɛfa mma, na wɔaso AWURADE mmara no mu den. Na asɛm no hyetae no, Israelfo no de awi ne nsa ne ngo ne ɛwo ne mfuw mu nnɔbae nyinaa mu adikanne bebree bae, na ade nyinaa mu ntotoso du du no nso, wɔde pii bae. Na Israel ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso wɔde anantwi ne nguan mu ntotoso du du ne akronkronne a wɔayɛ no kronkron ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotoso du du bae, na wɔde beguu hɔ akuwakuw. Ɔsram a ɛto so abiɛsa no so na wofii akuwakuw no ase, na ɔsram a ɛto so ason so na wowiei. Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel. Na Hesekia bisaa asɔfo ne Lewifo no akuwakuw no ho asɛm. Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panyin a ofi Sadok fi no ka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ wofii ase de soma afɔrebɔde baa AWURADE fi no, yɛadidi amee, na pii aka, efisɛ AWURADE ahyira ne man, na nkae ne kuw kɛse yi. Na Hesekia kae sɛ wonsiesie mpumpunu AWURADE fi; na wosiesiei, na wɔde soma afɔrebɔde no ne ntotoso du du no ne akronkronne no hyɛɛ hɔ nokwaredi so. Na ɛso panyin ne Lewini Konania, na ne nua Simei di hɔ. Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfo wɔ Konania ne ne nua Simei ase, sɛnea ɔhene Hesekia ne Onyankopɔn fi so panyin Asaria hyɛe no. Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apuei pon no na ɔhwɛ Onyankopɔn ayamye ayɛyɛde no so, sɛ ɔde AWURADE soma afɔrebɔde ne akronkronne mu ade kronkron no. Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ wɔ asɔfo nkurow no mu, nokwaredi so, sɛ wɔde bɛma wɔn nuanom, sɛnea nkyekyem no te, ɔkɛse de te sɛ akumaa de. Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi mfe abiɛsa de rekɔ, wɔn a wɔba AWURADE fi bɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara de te, sɛ wɔn nkyekyem te no; ne asɔfo no nkanee de, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Lewifo no de nso, de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, wɔn ahwɛde mu, wɔn nkyekyem mu; ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nyinaa nkanee de nso, sɛ asafo no nyinaa te, efisɛ wɔn nokwaredi so na wɔyɛɛ akronkronne no ho ade. Na Aaron mma, asɔfo no a wɔwɔ wɔn nkurow ho mfikyisaase so mfuw mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din wowɔ nkurow no nyinaa mmiako mmiako mu ma wɔn sɛ wɔmfa kyɛfa no mmoma asɔfo no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifo no mu no nyinaa. Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ nea eye na ɛteɛ na ɛyɛ nokware AWURADE ne Nyankopɔn anim. Na nneyɛe a ofii ase Onyankopɔn fi som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye. Nsɛm yi ne nokware yi akyi no, Asaria hene Senakerib bae, na ɔbaa Yuda so bɛbɔɔ nkurow a ɛyɛ den no ho nsra, na ɔkae sɛ obeburuw afa. Na Hesekia hui sɛ Senakerib aba na ɔde asi n’anim sɛ ɔne Yerusalem rebɛko no, ɔne ne mmapɔmma ne n’atumfo tuu agyina sɛ wobesisiw nsuaniwa a ɛwowɔ kurow no ho no. Na nkurɔfo bebree behyiae, na wosisiw nsuaniwa nyinaa ne asuten a ɛsen fa asase no so kae sɛ: Ɛdɛn nti na Asaria hene mmra mmenya nsu bebrebe? Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasu a abubu no nyinaa, na ɔma ɛkorɔn kosii aban atenten no ho, na ɔtoo ɔfasu foforo, kurow no akyi, na ɔhyɛɛ Milo den, Dawid kurow ho, na ɔyeyɛɛ akode ne akyɛm bebree. Na ɔde ɔsa mu asafohene sisii ɔman no so, na ohyiaa wɔn baa ne nkyɛn, kurow pon ano mprae no so, na ɔkasa twaa wɔn bo too wɔn yam sɛ: Monhyɛ mo ho den na monyɛ nnam, munnsuro na mo bo nntu Asaria hene no anim ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na nea ɔne yɛn wɔ hɔ so sen nea ɛne no wɔ hɔ. Ɔno de, ɔhonam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn de, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn dɔm ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yuda hene Hesekia nsɛm no so. Eyi akyi no, Asaria hene Senakerib somaa ne nkoa baa Yerusalem, na ɔno de, ɔne n’asraafo nyinaa abɔ Lakis ho nsra, na wɔbɛka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: Sɛ Asaria hene Senakerib se ni: Mo a mote Yerusalem a wɔatwa ho ahyia, dɛn so na mo ani da? So ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia daadaa mo, rebɛma ɔkɔm ne osukɔm akunkum mo na ɔka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn beyi yɛn Asiria hene nsam, no? So ɛnyɛ ɔno Hesekia no ara na oyiyii ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka no, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka biako anim na monsɔre, na ɛso na monhyew aduhuam no? So munnya nhuu nea me ne m’agyanom ayeyɛ nsaase so amanaman nyinaa no? So nsaase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsaase no me nsam anaa? Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasaa no anyame nyinaa mu hena na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na obetumi agye mo me nsam? Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo sa, nanso munnnye no nnni, efisɛ ɔman anaa ahenni biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na menne mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam. Nso ne nkoa no kasa kaa ho tiaa AWURADE Nyankopɔn ne n’akoa Hesekia. Na ɔkyerɛw nhoma nso de bɛbɔɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no ahohora kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsaase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no. Na wɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasu so no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔama wɔabobɔ piriw na wɔanya kurow no afaye. Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no. Na ɔhene Hesekia ne Amos ba odiyifo Yesaia bɔɔ eyi ho mpae na wɔteɛɛm kyerɛɛ ɔsoro. Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfo bɛdwerɛw Asiria hene nsra mu nnɔmmarima akokodurufo ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwu san kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛn ne nyame fi, na ɛhɔ na ne yafumma bi de nkrante kum no. Sɛɛ na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa Asiria hene Senakerib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae. Na nnipa bebree de ayɛyɛde brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenne brɛɛ Yuda hene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, eyinom akyi. Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare; na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na obuaa no na ɔmaa no sɛnkyerɛnne bi. Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia antua n’aboade, na ɔmaa ne ho so mmom, na abufuw baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so. Na Hesekia san brɛɛ ne ho ase ne koma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfo nyinaa, na AWURADE abufuw no amma wɔn so Hesekia bere so. Na Hesekia nyaa adedodow ne anuonyam bebree, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhuam ne akyɛm ne mfɛfɛwade nyinaa, ne adekora adan maa awi ne nsa ne ngo nnɔbae, ne afieboa ahorow nyinaa adan, ne adan mu, mmoakuw. Na ɔkyekyeree nkurow, na onyaa nguan ne anantwi akuwakuw bebree. Na Onyankopɔn maa no ade bebree pa ara. Na ɔno Hesekia yi ara nso, siw Gihon nsu atifi fibea no ano, na ɔde nsu no nam mpumpunase baa Dawid kurow no atɔe fam. Na Hesekia dii yiye ne nneyɛe nyinaa mu. Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wommebisa anwonwade a ɛyɛe asase no so no bae no, Onyankopɔn gyaw no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahu ne koma mu nyinaa. Na Hesekia ho nsɛm nkae ne n’adɔeyɛ no, hwɛ, wɔakyerɛw Amos ba odiyifo Yesaia adehu mu, Yuda ne Israel ahene nhoma no mu. Na Hesekia wui, na wosiee no, agyanom nkyɛn, Dawid mma asiei nea ɛkorɔn hɔ, na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa dii no ni wɔ ne wu mu. Na ne ba Manase bedii n’ade. Manase dii mfe dumien na obedii hene, na odii hene mfe aduonum anum Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim no akyide. Na ɔsan totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubui no, na osii afɔremuka maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn. Na osisii afɔremuka AWURADE fi, nea AWURADE aka ho asɛm sɛ Yerusalem na me din bɛtena akosi daa hɔ. Na osisii afɔremuka momaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fi abangua abien no so. Na ɔmaa ne mma faa ogya mu, Hinom ba bon no mu, na oyii nkonyaa bisaa ade, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ne abayisɛm na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu AWURADE bo. Na ɔde osen honi a ɔyɛe no sii Onyankopɔn fi a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon sɛ: Ofi yi ne Yerusalem na mafa mafi Israel mmusuakuw nyinaa mu, sɛ mede me din mesi hɔ akosi daa. Na merenkɔ so mintwiw Israel nan mimfi asase a mahyɛ mama wɔn agyanom no so. Ɔhwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ ade a mahyɛ wɔn nyinaa, sɛ Mose nsa ano mmara ne ahyɛde ne atemmude nyinaa te. Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfo no ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfo anim no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie. Ɛnna AWURADE maa Asaria hene asahene baa wɔn so, na wɔde akɔtɔkoro kyeree Manase, na wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel. Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim. Na ɔbɔɔ no mpae no, otiee ne nkotɔsrɛ, na ɔde no san baa Yerusalem n’ahenni mu. Ɛnna Manase huu sɛ AWURADE, ne Nyankopɔn. Na eyi akyi no, ɔtoo Dawid kurow akyi fasu, Gihon atɔe, osubon no mu de kosii Mpataa pon ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔma ɛkorɔn yiye. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu. Na oyii ananafo anyame ne ahoni no fii AWURADE fi, ne afɔremuka a osisii AWURADE fi bepɔw so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtotow guu kurow no akyi. Na osii AWURADE afɔremuka no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoe afɔre ne aseda afɔre, na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE, Israel Nyankopɔn no. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no. Na Manase ho nsɛm nkae ne ne mpae a ɔde bɔɔ ne Nyankopɔn, ne adehufo a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel ahene ho nsɛm mu. Na ne mpaebɔ ne sɛ wotiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea na osisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔbrɛɛ ne ho ase no, hwɛ, wɔakyerɛw adehufo nsɛm no mu. Na Manase wui, na wosiee no ne fi, na ne ba Amon bedii n’ade. Amon dii mfe aduonu abien na obedii hene, na odii hene mfe abien Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no, na ahoni a n’agya Manase yɛe no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔre maa wɔn na ɔsom wɔn. Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho ase no, na ɔno Amon maa mfomso dɔɔso. Na ne nkoa pam ne tiri so kum no ne fi. Na asase no sofo no kunkum ɔhene Amon tirisopamfo no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’anan mu. Yosia dii mfe awotwe na obedii hene, na odii hene mfirihyia aduasa biako Yerusalem. Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na ɔnantew n’agya Dawid akwan so, na wamman ankɔ nifa anaa benkum. Na n’ahenni afe a ɛto so awotwe so a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛto so dumien so no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho fii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no ho. Na woburuw Baalim afɔremuka no n’anim, na owia adum a esisi so no, otwitwa gui, na Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no, obubui na osiwii, na ɔtow petee wɔn a wɔbɔɔ afɔre maa wɔn no adamoa so. Na asɔfo no nnompe nso, ɔhyewee afɔremuka no so, na ɔtew Yuda ne Yerusalem ho. Na ɔyɛɛ saa ara, Manase ne Efraim ne Simeon nkurow ne ɛho amamfo so de kosii Naftali. Na oburuw afɔremuka no, na Asera nnua ne ahoni no, obubu sisiwii, na owia adum no nyinaa otwitwa gui Israel asase nyinaa so; na ɔsan baa Yerusalem. Na n’ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe so a owiee asase no ne ofi no ho tew no, ɔsomaa Asalia ba Safan ne kurow no so safohene Maaseia ne ɔkaefo Yoahas ba Yoah sɛ wɔnkɔ nkomiamia AWURADE ne Nyankopɔn fi no mu. Na wɔbaa ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na wɔde sika a wɔde aba AWURADE fi a Lewifo aponanohwɛfo no aboa ano afi Manase ne Efraim ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin nyinaa ne Yerusalemfo nkyɛn no maa wɔn, na wɔde hyɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma a wɔayi wɔn asisi AWURADE fi no so no nsa, na wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔyɛ AWURADE fi ade no de mae sɛ wɔmfa mpempam ofi no na wommiamia mu, na wɔde maa nnua adwumfo ne adansifo, sɛ wɔmfa ntotɔ abo a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuran ne nsɛmso nnua, adan a Yuda ahene asɛe no no mu. Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokwaredi mu. Wɔn so ahwɛfo a wosisii no ne Yohat ne Obadia, Lewifo a wofi Merari mma mu, ne Sakaria ne Mesulam a wofi Kohatfo mma mu, sɛ wompiapia adwuma no ne Lewifo no mu wɔn a wonim dwonto ho adeyɛ nyinaa; na wodi nnosoasoafo no so, na wɔhwɛ adwumayɛfo nyinaa so sɛ ɔsom horow no te; nso Lewifo no mu binom yɛ akyerɛwfo ne mpanyimfo ne aponanohwɛfo. Na wɔreyi sika a wɔde aba AWURADE fi no, ɔsɔfo Hilkia huu AWURADE mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no. Na Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mmara nhoma no na mahu AWURADE fi yi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan. Na Safan de nhoma no brɛɛ ɔhene, na ɔde mmuae brɛɛ ɔhene nso sɛ: Ade a wode ahyɛ wo nkoa nsa no nyinaa, wɔreyɛ. Na wohwiee sika a wohui AWURADE fi no guu hɔ, na wɔde hyɛɛ ahwɛfo no ne wɔn a wɔyɛ adwuma no nsa. Na ɔkyerɛwfo Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfo Hilkia de nhoma bi ama me. Na Safan kenkan mu ɔhene anim. Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, osunsuanee ne ntade mu. Na ɔhene hyɛɛ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mika ba Abdon ne ɔkyerɛwfo Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ: Monkɔ nkobisa AWURADE ade mma me ne Israel ne Yuda mu nkae, nhoma a wɔahu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuw a wɔahwie agu yɛn so no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ sɛnea wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa nti. Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ odiyifobea Hulda a ɔyɛ Hasra ba Tokat ba Salum ntadehwɛfo yere no nkyɛn. (Nso ɔte Yerusalem kurow no nkyemu a ɛto so abien no mu) na wɔkɔkaa saa kyerɛɛ no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafo so, mede nnome a wɔakyerɛw nhoma a wɔkanee Yuda hene anim no mu no nyinaa bɛba, esiane sɛ wɔagyaw me na wɔakɔhyew aduhuam ama anyame foforo, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛe nyinaa rehuru me bo, enti wobehwie m’abufuhyew agu ha yi, na wɔrennum. Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa AWURADE hɔ ade no de, sɛ monka nkyerɛ no ni: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Nsɛm a wotee no de, sɛ wo koma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Onyankopɔn anim, sɛ wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafo ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntade mu asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose. Hwɛ, mɛboa wo maka w’agyanom ho, na wɔbɛboa wo akɔ wo da mu asomdwoe mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafo so no nyinaa w’ani renhu. Na wɔde bebuaa ɔhene no. Ɛnna ɔhene no soma ma wɔkɔboaa Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa ano hyiae. Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima ne Yerusalemfo nyinaa ka ne ho, ne asɔfo ne Lewifo ne ɔman no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi akumaa so, na ɔkenkan apam nhoma a wohui AWURADE fi no mu nsɛm nyinaa guu wɔn asom. Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea, na ɔpamee AWURADE anim sɛ obedi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so. Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gyinaa mu. Na Yerusalemfo no yɛe sɛnea Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no, apam no te no. Na Yosia yiyii akyide no nyinaa fii nsaase a ɛyɛ Israelfo de no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu ma wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfi AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyidi ho. Na Yosia dii Twam afahyɛ Yerusalem maa AWURADE, na wokunkum Twam guan no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no so. Na ɔde asɔfo no kosisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fi som no. Na ɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa na wɔyɛ akronkronfo ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmesi ofi a Israel hene Solomon, Dawid ba, sii no mu; ɛnyɛ mo mmati so adesoa bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel. Na munsiesie mo ho, mo mpanyimfi so, mo nkyekyem mu, sɛ Israel hene Dawid ne ne ba Solomon kyerɛwee no, na munnyina kronkronbea sɛnea mo nuanom ɔman mma no mpanyimfi nkyekyem te, na Lewifo mpanyimfi kyɛfa ntena hɔ mma obiara. Na munkum Twam guan no, na monyɛ mo ho kronkron, na munsiesie mma mo nuanom, na monyɛ sɛ AWURADE nam Mose so kae no. Na Yosia yii nguan, nguanten mma ne mmirekyi mma, maa ɔman no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔre, wɔn dodow si ɔpeduasa, ne anantwi nso mpensa; eyinom nyinaa yɛ akyɛde fi ɔhene nsam. Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman, asɔfo ne Lewifo no, ayamye so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Onyankopɔn fi mmapɔmma no de Twam nguan mpennu ahansia ne anantwi ahasa maa asɔfo no. Na Konania, Semaia ne Netanel, ne nuanom, ne Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifo asafohene no, yii Twam nguan mpemnum ne anantwi ahanum maa Lewifo no. Ɛnna wosiesiee ɔsom no, na asɔfo no gyinagyinaa wɔn agyinae, na Lewifo no nso wowɔ wɔn nkyekyem mu sɛ ɔhene hyɛe no. Na wokunkum Twam nguan no, na asɔfo no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifo no guaa nam no. Na woyii ɔhyew afɔre no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanyimfi nkyekyem no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛ wɔakyerɛw Mose nhoma mu no, ne anantwi no nso saa ara. Na wɔde ogya totoo Twam guan no sɛ n’atɔremude te. Na akronkronne no de, wɔnoae nhina ne nnadesɛn ne kyew dade mu, na wɔde maa ɔman no nyinaa ntɛmso. Na ɛyɛe no, wosiesiee wɔn de, ne asɔfo no de, efisɛ asɔfo, Aaron mma no, wɔ ɔhyew afɔre no bɔ ne srade no hyew ho ara de kosii adesae. Enti Lewifo no siesiee wɔn ankasa de ne asɔfo, Aaron mma no, de. Na nnwontofo, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛ Dawid ne Asaf ne Heman ne Yedutun, ɔhene adehufo no, hyɛe no, na aponanohwɛfo no wɔ ɔpon ne ɔpon ho: Enni sɛ wogyaw wɔn som, na wɔn nuanom Lewifo siesiei maa wɔn. Na wosiesiee AWURADE som nyinaa da no, na wodii Twam no bobɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no. Na Israelfo a wɔwɔ hɔ no dii Twam no bere no mu, ne apiti nnapɔnna no nnansɔn. Na efi odiyifo Samuel bere so wonnii Twam bi sɛ eyi Israel, na Israel ahene nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia ne asɔfo ne Lewifo ne Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfo dii no. Yosia ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe so na wodii Twam yi. Eyinom nyinaa akyi a Yosia asiesie ofi no, Misraim hene Neko foro bae, na obedii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia fii adi kohyiaa no. Na ɔsomaa abɔfo baa ne nkyɛn sɛ: Dɛn na me ne wo, Yuda hene, wɔ yɛ? Ɛnyɛ wo so na mebae nnɛ, na mmom ofi a ɛne me di dɔm no so na Onyankopɔn aka sɛ menkɔ ntɛm. Wo ne Onyankopɔn a ɔka me ho no nnni asi na wansɛe wo. Nanso Yosia annan n’ani amfi ne ho, na mmom ɔsakraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a efi Onyankopɔn anom no. Na ɔkɔe kɔkoe Megido bon mu. Na agyantofo totow sesaa ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa me mfi ha nkɔ, na mapira sɛ. Na ne nkoa de no fii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a edi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na owui, na wosiee no n’agyanom asiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyam Yosia. Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu. Na Yosia ho nsɛm nkae ne n’adɔeyɛ, sɛnea wɔakyerɛw AWURADE mmara mu, ne ne kan ne akyiri nsɛm no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Na asase no sofo no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene sii n’agya ananmu Yerusalem. Yehoahas dii mfe aduonu abiɛsa na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na Misraim hene no tuu no ade so, Yerusalem, na ogyee asase no aboyuw dwetɛ dwetikɛse ɔha ne sika dwetikɛse. Na Misraim hene no de Yehoahas nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdan ne din Yehoiakim. Na ne nua Yehoahas de, Neko faa no kɔɔ Misraim. Yehoiakim dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Ɔno so na Babel hene Nebukadnesar foro bae, na ɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel. Na AWURADE fi nneɛma no bi nso Nebukadnesar de kɔɔ Babel kosiee n’ahemfi wɔ Babel. Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne n’akyide a ɔyɛe ne nea wohui ne ho no, hwɛ, wɔakyerɛw no Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Na ne ba Yehoiakin bedii n’ade. Yehoiakin dii mfe awotwe na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa ne dadu Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Na ɔfefɛw bere wɔ afe no mu dui no, ɔhene Nebukadnesar soma bɛfaa no kɔɔ Babel, na AWURADE fi agyapade no nso ɔsoaa ne nyinaa kɔe, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene. Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne; wammrɛ ne ho ase odiyifo Yeremia a ɔkasa AWURADE ano no anim. Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn. Nso asɔfo no mu mpanyin nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyide nyinaa, na woguu AWURADE fi a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi. Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no. Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio. Na oyii Kaldeafo hene no baa wɔn so, na ɔde nkrante bekunkum wɔn mmerante, wɔn kronkronbea fi, na wankyɛe aberante ne ababaa, akwakoraa ne nea wafuw dwen so, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Na Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa ne AWURADE fi akorade ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akorade, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel. Na wɔhyew Onyankopɔn fi no, na woburuw Yerusalem fasu no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyewee, na emu afɛfɛde nyinaa sɛee. Na nkae a wɔkae afoa ano no, otutuu wɔn kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kosii Persia ahenni so, sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du. Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔkɔpaee n’ahenni nyinaa mu; na wɔkyerɛwee nso sɛ: Sɛ Persia hene Kores se ni: Asase so ahenni nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi; na ɔmforo nkɔ. Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ: Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo a moyɛ Onyankopɔn akyidifo no, Onyankopɔn nni mo akyi, ɛsɛ sɛ moforo kɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na monsan nkosi AWURADE Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom no Yerusalem. Na obiara a ɔte ase, wɔ baabiara a ɔkɔsoɛ hɔ sɛ ɔhɔho no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne afide ne mmoa ayamye ade a wɔde bɛma Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan. Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo akosi AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no. Na wɔn a wɔtete wɔn mu no nyinaa hyia de dwetɛ nnwinne, sika ne afide ne mmoa ne aboɔdenne hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamye ade no nyinaa. Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no, ɛnonom na Persia hene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar. Na ne dodow ni: Sika nsanka aduasa, dwetɛ nsanka apem, nkuku a wɔde hyew aduhuam aduonu akron, sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a edi hɔ ahanan ne du ne nnwinne a ɛkeka ho apem. Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum, ahannan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wotuu wɔn kɔe a ɔde wɔn fi Babel san baa Yerusalem no de bae. Na eyinom ne Yuda asase no sofo a wofi nnommum a Babel hene Nebukadnesar tutuu wɔn kɔɔ mu wɔ Babel no, wɔsan baa Yerusalem ne Yuda, na wɔkokɔɔ wɔn nkurow mu. Wɔne Serubabel ne adikanfo a edidi so yi na ɛbae: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodow ni: Paros mma: Mpennu ɔha aduɔsɔn abien. Sefatia mma: Ahasa aduɔsɔn abien. Arah mma: Ahansɔn aduɔsɔn anum. Pahat-moab mma: Yesua ne Yoab mma de: Mpennu ahanwɔtwe ne dumien. Elam mma: Apem ahanu aduonum anan. Satu mma: Ahankron aduanan anum. Sakai mma: Ahansɔn aduosia. Bani mma: Ahansia aduanan abien. Bebai mma: Ahansia aduonu abiɛsa. Asgad mma: Apem ahanu aduonu abien. Adonikam mma: Ahansia aduosia asia. Bigwai mma: Mpennu aduonum asia. Adin mma: Ahanan aduonum anan. Ater mma: Hesekia de: Aduakron awotwe. Besai mma: Ahasa aduonu abiɛsa. Yora mma: Ɔha ne dumien. Hasum mma: Ahanu aduonu abiɛsa. Gibar mma: Aduakron anum. Betlehem mma: Ɔha aduonu abiɛsa. Netofa mmarima: Aduonum asia. Anatot mmarima: Ɔha aduonu awotwe. Asmawet mma: Aduanan abien. Kiriat-arim, Kefira ne Beerot mma: Ahansɔn aduanan abiɛsa. Rama ne Geba mma: Ahansia aduonu biako. Mikmas mmarima ɔha aduonu abien. Betel ne Ai mmarima: Ahanu aduonu abiɛsa. Nebo mma: Aduonum abien. Magbis mma: Ɔha aduonum asia. Elam foforo bi mma: Apem ahanu aduonum anan. Harim mma, ahasa aduonu. Lod, Hadid ne Ono mma: Ahansɔn aduonu anum. Yeriko mma: Ahasa aduanan anum. Senaa mma: Mpensa ahansia aduasa. Asɔfo no: Yedaia mma: Yesua fi de: Ahankron aduɔsɔn abiɛsa. Imer mma: Apem ne aduonum abien. Pashur mma: Apem ahannu aduanan asɔn. Harima mma: Apem ne dunsɔn. Lewifo: Yesua ne Kadmiel mma: Hodawia mma de: Aduɔsɔn anan. Nnwontofo: Asaf mma: Ɔha aduonu awotwe. Aponanohwɛfo mma: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Wɔn nyinaa si ɔha aduasa akron. Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, Keros mma, Siaha mma, Padon mma, Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, Hagab mma, Samlai mma, Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, Besai mma, Asna mma, Meunifo mma, Nefisifo mma, Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma, Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, Nesia mma, Hatifa mma. Solomon nkoa mma: Sotai mma, Soferet mma, Peruda mma, Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Ami mma. Nsɔfokwaa nyinaa ne Solomon nkoa mma: Ahasa aduakron abien. Na eyinom ne wɔn a wofi Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adan ne Imer foro bae, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn ase, sɛ wofi Israel mu anaa: Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduonum abien. Na asɔfo mma mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai a ɔwaree Gileadni Barsilai mma mu biako na wɔde wɔn din too no mma: Eyinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua nkyerɛwee no mu, na wɔanhu, na wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti, woyii wɔn fii asɔfodi mu. Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi kosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim ase ne: Hann ne nokware begyina hɔ. Bagua mu no nyinaa ano si mpem aduanan abien ne ahasa aduosia, ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso si mpemnsɔn ahasa aduasa asɔn. Na wɔwɔ nnwontofo mmarima ne mmea ahanu. Wɔn apɔnkɔ si ahansɔn aduasa asia, wɔn mfurumpɔnkɔ: Ahanu aduanan anum, wɔn yoma: Ahanan aduasa anum, mfurum: Mpemnsia ahansɔn aduonum. Na agyanom atitiriw no mu binom baa AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no, wɔbɛkyekyɛɛ Onyankopɔn fi no ho ayamye ade, sɛ wɔmfa mma so nsi ne sibea. Nea wobetumi na wɔde guu adwuma no ho akorade mu: Sika nsuruboaa mpem aduosia biako, ne dwetɛ mmɛnnaa mpemnum, ne asɔfo ntade ɔha. Na asɔfo no ne Lewifo no ne ɔman no mu binom, ne nnwontofo no ne aponanohwɛfo no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa Yerusalem ne ɛho nkurow mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu. Na ɔsram a ɛto so ason dui no, na Israelfo no tete wɔn nkurow no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ho ano yɛɛ biako baa Yerusalem. Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfo no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wokosii Israel Nyankopɔn afɔremuka sɛ wɔrebɔ so ɔhyew afɔre, sɛnea wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no. Na wɔde afɔremuka no sii ne nnyinaso so, efisɛ nsaase so aman ho hu kaa wɔn. Na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE: Anɔpa hyew afɔre ne anwummere de. Na wodii asese nnapɔnna no sɛ wɔakyerɛw no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔre ne dodow mu, sɛ n’atɔremude te no, sɛnea ehia da biara. Na ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa hyew afɔre ne asram foforo de ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa de no, ne wɔn a wɔde ayamye ade brɛɛ AWURADE no nyinaa de nso. Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no na wofii AWURADE hyew afɔre no bɔ ase. Na AWURADE asɔredan no de, wonnya nhyɛɛ ase ɛ. Na wɔde sika maa abopaefo ne nnua adwumfo no, na wɔde aduan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru nnua mfi Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛ Persia hene Kores maa wɔn ho kwan no. Na wɔbaa AWURADE fi ho, Yerusalem, afe a ɛto so abien mu ɔsram a ɛto so abien so no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkae, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a wofi nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa fii ase, na wɔde Lewifo a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so. Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinae sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Onyankopɔn fi adwumayɛfo no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifo no. Na abantofo no hyɛɛ AWURADE asɔredan no ase no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade kurakura ntorobɛnto, ne Lewifo, Asaf mma no, wokurakura nnawuru begyinagyinaa hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛ Israel hene Dawid hyehyɛe no. Na wobuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyi ne aseda no mu sɛ “Na oye, n’adɔe wɔ hɔ daa” Israel so. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛse AWURADE ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ AWURADE fi no ase nti. Na asɔfo ne Lewifo ne agyanom atitiriw no mu pii a wɔanyin a wohuu kan fi no, na wɔhyɛɛ eyi ase wɔ wɔn anim no, de nne kɛse susui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so, osebɔ ne anigye mu, na ɔman no nhu anigye sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonoe, efisɛ ɔman no bɔɔ ose kɛse ma wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri. Na Yuda ne Benyamin atamfo no tee sɛ otukɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, wotwiw baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitiriw no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se: Yɛne mo besi, na yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔre de fi Asiria hene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no bere so. Na Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom atitiriw nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no. Ɛnna asase no sofo maa Yuda man no nsam gowee, na wotuu wɔn bo abanto no ho. Na wɔbobɔɔ agyinatufo paa ma wɔhyɛɛ Yuda mma no ahometew wɔ adansi no nhyehyɛe ho fi, Persia hene Kores nna nyinaa de kosii Persia hene Dario ahenni so. Na Akas-weros ahenni so, ofii n’ahenni ase no, wɔkyerɛw Yuda ne Yerusalemfo ho anototo nhoma. Na Artasasta bere so Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo nkae no kyerɛw nhoma kɔmaa Persia hene Artasasta, na wɔkyerɛw ɔmena nhoma no Siria nkyerɛwee mu, na wɔkyerɛɛ ase nso Siria kasa mu. Aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai kyerɛw nhoma kɔmaa ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfo sɛ: Ɛbere no aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn agyinatufo nkae a wofi Erek, Babel, Susa a wɔne Elamfo, ne aman a aka no mu a Asnapar kɛse a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn bae na ɔde wɔn beduaa Samaria nkurow mu ne nkae a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade. Nhoma a wɔde kɔmaa ɔno ɔhene Artasasta no nsusuwso ni: Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, ne ade. Ma ɔhene nhu sɛ Yudafo a wofi wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekye atuatew kurow bɔne yi, na ɛho afasu nso wɔamoma so asisi hɔ, na wɔatoatoa ne nhyɛase no. Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔmoma n’afasu so sisi hɔ a, ɛnne wɔremma ɔtow ne amanne ne akwanne bio, na ɛbɛyɛ no na ahene aboade no bɛbrɛ ase. Na esiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yedi na yentumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛma ɔhene nhu, sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkae nhoma mu, na wobehu nkae nhoma no mu sɛ kurow yi yɛ atuatew kurow a ɛsɛe ɔhene ne amantam ade, na wɔatwe mu manso fi tete mmere no mu nti, na wɔbɔɔ kurow no. Yɛn de, yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔtoto ho afasu no a, ɛnne asuogya ha fam kyɛfa biara renka wo nsam. Ɔhene no somae ma wɔde mmuae brɛɛ aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo nkae a wɔtete Samaria ne asuogya hafo nkae sɛ: Ɔmannwoe, ne ade. Nhoma a mosoma ma wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no fann m’anim. Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahu sɛ kurow no fi tete bemee na ɛmaa ne ho so hyɛɛ ahemfo, na wɔtew atua twee mu manso. Nanso ahemfo akɛse tenaa Yerusalem, na wodii asuogya hɔ nyinaa so, na woyii tow ne amanne ne akwanne maa wɔn nso. Enti monhyɛ mma mmarima no nnyae, na wɔnnkyekye kurow no kosi sɛ ahyɛde befi me nkyɛn. Na monhwɛ yiye na moantoto eyi ase, na bɔne bi amma, na ahemfo ade ammɔ wɔn. Afei wɔkenkan ɔhene Artasasta nhoma a wɔkyerɛwee no Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo no anim ara pɛ no, wosiim baa Yerusalem ntɛmso bɛhyɛɛ Yudafo no, na wɔde ɔhyɛ ne tumi siw wɔn kwan. Saa bere no wogyaee Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho adwuma no, na wɔantoa so bio kosii Persia hene Dario ahenni afe a ɛto so abien so. Na odiyifo Hagai ne Ido ba odiyifo Sakaria hyɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn so no mu. Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu. Bere no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo baa wɔn so bebisaa wɔn se: “Hena na ɔhyɛɛ mo sɛ munsi ɔdan yi na monto ɔfasu yi?” Na wobisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din. Nanso Yudafo mpanyimfo no Nyankopɔn ani ku wɔn ho, na wɔansiw wɔn kwan kosii sɛ asɛm no koduu Dario nkyɛn ansa, na wɔde eyi ho nhoma san bae bio. Nhoma a asuogya ha amrado Tatenai ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo a ɛwɔ asuogya ha soma de kɔmaa ɔhene Dario no ni: Wɔsoma de nhoma kɔmaa no, na sɛ wɔkyerɛw wɔ mu ni: Ɔhene Dario, asomdwoe ara nko. Ma ɔhene nhu sɛ yesiim kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛse no fi hɔ, na wɔde abo akɛse resi, na wɔde nnua agugu afasu no so, na adwuma no, wɔreyɛ no nsi mu, na ɛreyɛ yiye wɔ wɔn nsam. Na yebisaa mpanyimfo no, na sɛ yesee wɔn ni: Hena na ɔhyɛɛ mo sɛ munsi ɔdan yi na monto ɔfasu yi? Na yebisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛakyerɛkyerɛw mmarima a wɔyɛ wɔn atitiriw no din. Na sɛ wobuaa yɛn ni: Wose: Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɔdan a wosii no dabidabi mfe bebree yi a Israel hene kɛse bi sii na owiei no. Na sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuw nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babel hene Nebukadnesar, Kaldeani no, nsa, na obubuu ofi yi, na otutuu ɔman no kɔɔ Babel. Nanso Babel hene Kores afe a edi kan no mu ɔhene no hyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn fi yi. Na Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar fae fii asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu de kɔɔ Babel asɔredan no mu nso, ɔhene Kores fa de fii hɔ, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nneɛma yi kɔ, na fa kosie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wonsi Onyankopɔn dan no wɔ ne sibea. Ɛnna Sesbasar yi ara bae bɛhyɛɛ Onyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no ase, na efi bere no so de besi sesɛɛ yi wɔde si ara, na wonwiei ɛ. Na afei, sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fi a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ ɔhene Kores na ɔhyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka ɔhene adwene eyi ho nkyerɛ yɛn. Ɛnna ɔhene Dario hyɛe sɛ wɔnkɔhwehwɛ nhoma no mfi, nea wɔde akorade sie wɔ Babel no. Na wokohuu nhoma mmobɔwee bi Ahmeta aban a ɛwɔ Media asase so no mu, na wɔakyerɛw asɛm bi wɔ mu sɛɛ se: Ɔhene afe a edi kan mu no ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ: Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho de, wonsi ofi no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛw basafa aduasa nso, abo akɛse nkyerɛpɛn abiɛsa, ne nnua nso kyerɛpɛn biako; na ɛho ahwerede no, wɔmfa mfi ɔhene fi mma. Nso Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsan mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne sibea hɔ, na wonnyaw wɔ Onyankopɔn fi hɔ. Afei wo Tatenai, asuogya amrado, ne Setar-bosnai, ne mo agyinatufo a mowɔ asuogya no, mumfi hɔ nkɔ akyiri. Momma Onyankopɔn fi adwuma no ntena hɔ, na Yudafo amrado ne Yudafo mpanyimfo no nsi Onyankopɔn fi no ne sibea hɔ. Na me na merehyɛ makyerɛ nea monyɛ mma Yudafo mpanyimfo no na wonsi Onyankopɔn fi no, ɛne sɛ ɔhene nneɛma a ɛne asuogya tow no, wɔmfa mu bi ntua ahwerede no ka pɛpɛɛpɛ mma mmarima no, na annye wɔn asabawmu. Na ade a ehia wɔn no, anantwi mma ne adwennini ne nguan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyew afɔre, awi, nkyene, nsa ne ngo, sɛnea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem no begye no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka, na wɔmmɔ afɔre huamhuam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wonyi ɔhene ne ne mma nkwa ho mpae. Na me ara na mahyɛ sɛ obiara a ɔbɛdan asɛm yi ani no, eyi nti wonyi ne dan so mpuran, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fi nnan sumina. Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bebutuw ɔhene ne ɔman biara a wɔteɛ wɔn nsa dan ani, sɛ wobebubu Onyankopɔn fi yi Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara, ma wonni so pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no, ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo no, nea ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Na Yudafo mpanyimfo no sii, na ɛyɛɛ yiye, odiyifo Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ so. Na wosii na wowiei, sɛ Israel Nyankopɔn ahyɛde ne Persia hene ne Kores, Dario ne Artasasta ahyɛde no te no. Na wowiee ofi no ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so abiɛsa so, ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu. Na Israelfo, asɔfo, Lewifo ne atukɔfo no nkae de ahosan dii Onyankopɔn fi anobue dapa no. Na wɔbobɔɔ Onyankopɔn fi anobue no ho afɔre: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nguammaa ahannan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa ti bɔne ho afɔre dumien, sɛ Israel mmusuakuw ano te no. Na wɔde asɔfo no sisii wɔn mpaepaemu so, ne Lewifo no, wɔn nkyekyem so, maa Onyankopɔn som Yerusalem, sɛnea wɔkyerɛwee Mose nhoma no mu no. Na atukɔfo no dii Twam no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan so. Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ onipa biako, wɔn nyinaa ho fii, na wokunkum Twam no maa atukɔfo no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfo no ne wɔn ankasa. Na Israelfo a wofi otukɔ mu bae no ne wɔn a wɔatew wɔn ho afi asase no so amanaman no afide ho aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam guan no, na wodii apiti dapɔnna nnansɔn, anigye mu, efisɛ AWURADE maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu. Na nsɛm yi akyi no, Persia hene Artasasta ahenni mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba, na ɔyɛ Asaria nana ne Hilkia nanankanso Salum ba Sadok ba Ahitub ba Amaria ba Asaria ba Meraiot ba Serahia ba Usi ba Buki ba Abisua ba Pinehas ba Eleasar ba Aaron, ɔsɔfo panyin no, ba, ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so. Na Israelfo mu bi ne asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa no mu bi ne no foro baa Yerusalem, ɔhene Artasasta afe a ɛto so ason mu. Na ɔbaa Yerusalem ɔsram a ɛto so anum no so, ɔhene no afe a ɛto so ason no ara mu. Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no so wɔhyɛe sɛ omfi Babel mforo nkɔ, na ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan no, ɔbaa Yerusalem, efisɛ ne Nyankopɔn ayamye nsa no wɔ no so. Na Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel. Na nhoma a ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsusuwso ni: Artasasta, ahene mu hene no de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara no kyerɛwfo a odi mu, ne ade. Me na mahyɛ ahyɛde sɛ m’ahenni mu nnipa biara a wofi Israel man mu ne n’asɔfo ne Lewifo mu a woyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ. Efisɛ ɔhene ne n’agyinatufo baasɔn no asoma wo sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no te. Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, ne dwetɛ ne sika a wubenya Babel asase nyinaa so nyinaa, ne ayamye ade a ɔman ne asɔfo no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no. Eyi nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwi, adwennini, nguammaa ne wɔn ho aduan afɔre ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔre, afɔremuka a ɛwɔ mo Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no so. Na ade biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkae no bɛyɛ no, monyɛ no sɛnea mo Nyankopɔn no pɛ. Nso nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fi som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim. Na nea aka a ehia sɛ wohwere no Onyankopɔn fi no, fa fi ɔhene adekora fi ma. Na me, ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafo a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ, ade a ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara kyerɛwfo no, bebisa mo no nyinaa, mommɔ mmɔden nyɛ, enkosi dwetɛ talente ɔha ne awi karibo ɔha ne nsa ahina ɔha ne ngohina ɔha ne nkyene a wommu ano so. Ade a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fi no, na abufuw ansɔre anhyɛ ɔhene ne ne mma ahenni no. Na yɛrema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Onyankopɔn fi no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ogye wɔn tow, amanne ne akwanne. Na wo, Esra, sɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo nsam no te no, hyehyɛ atemmufo ne asɛnnifo, na wonni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na wɔn a wonnim nso, momma wonhu. Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara so no, edi okum oo, sɛ nso wontwa no asu oo, sɛ nso wonnye ne nsam agyapade oo, anaa afiase nna oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn ntɛm pa ara. Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho, na wakom adɔe aba me so wɔ ɔhene ne n’agyinatufo ne ɔhene mmapɔmma atumfo nyinaa anim. Na me nso minyaa ahoɔden, efisɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitiriw ano mihyiae, sɛ wɔne me mforo nkɔ. Na eyinom ne wɔn agyanom atitiriw ne wɔn nkanee, wɔn a wɔne me fi Babel foro bae ɔhene Artasasta ahenni mu no: Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus. Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho. Pahat-moab mma mu: Serahia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho. Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka no ho. Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho. Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔsɔn ka ne ho. Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho. Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu ne dunwɔtwe ka ne ho. Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho. Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu awotwe ka ne ho. Asgad mma mu: Hakatan ba Yahonan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho. Na Adonikam mma a wodi akyiri no mu, wɔn din ni: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho. Na Bigwai mma mu, Utai ne Sabud, na mmarima aduɔsɔn ka wɔn ho. Na meboaboaa wɔn ano hyiae, asu a ɛsen kɔ Ahawa no ano, na yɛbɔɔ nsra hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfo no mu, na manhu Lewi mma mu bi hɔnom. Ɛnna mesoma mekɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo, na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitiriw Ido, Kasifia kurow mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kurow mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fi no mmrɛ yɛn. Na yɛn Nyankopɔn nsa pa a ɛwɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefo bi a ofi Israel ba Lewi ba Mahli mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe, ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wofi Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu, ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifo som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa, na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mebisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefo sɛ wɔmmoa yɛn, atamfo ho, ɔkwan mu, efisɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn a wogyaw no nyinaa so. Na yedii abuada hwehwɛɛ eyi yɛn Nyankopɔn nsam, na otiee yɛn. Ɛnna miyii asɔfo mpanyin no mu dumien, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho. Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi soma afɔrebɔde no a ɔhene ne n’agyinatufo ne ne mmapɔmma ne Israelfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa de bae no, mede mehyɛɛ wɔn nsa, na mekarii dwetɛ dwetikɛse ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa, ne dwetɛ nnwinne dwetikɛse ɔha, sika kɔkɔɔ nso dwetikɛse ɔha, ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere hanahana a ɛyɛ nnwinne abien a ne bo yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ. Na misee wɔn sɛ: Mo de, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nneɛma yi yɛ akronkronne, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamye ade ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, monhwɛ nkora so nkosi sɛ mobɛkari, asɔfo ne Lewifo mpanyin ne Israel agyanom mmapɔmma a wɔwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fi mpia no mu. Na asɔfo ne Lewifo no soaa dwetɛ ne sika ne nneɛma a wɔkarii no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fi. Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumien no so, yetu fii Ahawa asu no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na oyii yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam. Na yeduu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa. Na ɛda a ɛto so anan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi de hyɛɛ Uria ba ɔsɔfo Meremot ne Pinehas ba Eleasar a ɔka ne ho no nsa, na Lewifo Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho. Wɔde ne nyinaa, sɛ ne dodow ne ne duru te, hyɛɛ wɔn nsa, na wɔkyerɛw ne duru no nyinaa bere no mu. Na atukɔfo a wofi nnommum mu bae no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn no, Israel nyinaa ti: Anantwinini dumien, adwennini aduakron asia, nguanten mma aduɔsɔn asɔn, bɔne ho afɔre mpapo dumien. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE. Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofo ne abirempɔn a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaw ɔman no ne Onyankopɔn fi no. Na wowiee eyinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho mfii nsaase so aman sɛ Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo akyide ho ɛ, efisɛ wɔafofa wɔn mmabea mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na asefo kronkron no de wɔn ho akɔfra nsaase so aman no; na mmapɔmma ne amampanyin no na edi mmarato yi mu kan. Na metee asɛm yi no, misunsuanee m’atade ne me batakari mu, na mitutuu me ti nwi ne me bogyesɛ, na mede ahofɔm metenaa ase. Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm no yɛɛ wɔn ahopopo, atukɔfo no mmarato nti no, nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn, na me de, mede ahofɔm metenaa hɔ ara kosii anwummere afɔrebɔ bere. Na anwummere afɔrebɔ mu no, mesɔre mifii m’awerɛhow no mu, nso na masunsuan m’atade ne me batakari mu, na mekotow me nankoroma anim metrɛw me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro. Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi. Na afei mprempren nko na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ dom akyerɛ yɛn ma wɔagyaw yɛn nkae a wɔafi mu, na wɔama yɛn bofunnua wɔ ne kronkronbea nso, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛtew yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu. Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaw yɛn ɛ, na mmom wama adɔe ato yɛn Persia ahene no anim, sɛ wɔmma yennya nkwa na yɛmma yɛn Nyankopɔn dan so nsi hɔ, na yɛnkyekye n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasu bi wɔ Yuda ne Yerusalem. Na afei, dɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, eyi akyi? Sɛ yɛagyaw wo mmara nsɛm no a wonam wo nkoa adiyifo no so hyɛe sɛ: Asase a morekɔ akodi so no yɛ asase a ɛho akum, nsaase so aman figu no mu, wɔ akyide a wɔde ayɛ so ma fi ano akɔpem ano, wɔn afide mu no nti. Na afei mommfa mo mmabea mmma wɔn mmammarima, na munnnye wɔn mmabea mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoe ne wɔn yiyedi ara da, nea ɛbɛyɛ na moayɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agyaw mo mma ma wɔadi so akosi daa. Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi, so yɛnsan mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyide aman yi ho aware mu anaa? So anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfi mu anaa? AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim. Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse. Ɛnna Yehiel ba Sekania a ofi Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn de, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛahyiahyia mmea ananafo afi asase so aman mu, nanso afei eyi ho anidaso da so wɔ hɔ ma Israel. Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yebeyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popo no afotu no nti; na wɔnyɛ no sɛ mmara no te. Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn de, yedi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ! Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wobedi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no. Na Esra sɔre fii Onyankopɔn fi no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu. Na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsu nso wannom, efisɛ odii atukɔfo no mfomso ho nkɔmmɔ. Na wɔpae kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfo no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano mmehyia Yerusalem, na obiara a ɔremma nnansa mu sɛ mmapɔmma ne mpanyimfo afotu no te no, wɔbɛsɛe n’afide nyinaa pasaa, na ɔno nso wobetu no afi atukɔfo bagua no mu. Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano behyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Onyankopɔn fi no anim mprae no so, na asɛm no ne osu kɛse bi nti wɔn ho popoe. Na ɔsɔfo Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn se: Mo de, moafom sɛ moahyiahyia mmea ananafo, na mode abɛka Israel asodi no ho. Na afei mompae mu nka nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nea ɔpɛ no, na montew mo ho mfi asase so aman ne mmea ananafo no ho. Ɛnna bagua no nyinaa gyee so de nne kɛse kae sɛ: Ɛte sa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea woaka no. Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ bere yi nso yɛrentumi nnyina abɔnten so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu. Enti ma yenyi yɛn mmapɔmma mma bagua no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkurow mu a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa mmra bere a wɔahyehyɛ mu, na kurow biara mu mpanyimfo ne emu atemmufo nka wɔn ho nkosi sɛ wobesianka yɛn Nyankopɔn abufuw a adɔ, asɛm yi ho, no afi yɛn so. Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre gyinae eyi ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn. Na atukɔfo no yɛɛ sa. Na woyii ɔsɔfo Esra ne mmarima a wɔyɛ agyanom atitiriw wɔn mpanyimfi so, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu. Na wɔne mmarima a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa wiee asɛm no ɔsram a edi kan no da a edi kan no mu. Na wohuu asɔfo mma mu wɔn a wɔahyiahyia mmea ananafo: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia. Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobeyi wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodi no ho afɔre; ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia; ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia; ne Pashur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. Na Lewifo mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia ɔne Kelita Petahia, Yuda ne Eliesa; ne nnwontofo mu: Eliasib; ne aponanohwɛfo mu: Salum ne Telem ne Uri. Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkiya, Miamin, Eleasar, Malkiya ne Benaia; ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia; ne Satu mma mu: Eliehoenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa; ne Bebai mma mu: Yohanan, Hanania, Sabai, Atlai; ne Bani mma mu: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot; ne Pahat-moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase; ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkiya, Semaia, Simeon, Benyamin, Maluk, Semaria. Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei. Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel, Benaia, Bedeia, Keluhi, Wania, Meremot, Eliasib, Matania, Matenai, Yaasau, Bani, Binui, Simei, Selemia, Natan, Adaia, Maknadebai, Sasai, Sarai, Asarel, Selemia, Semaria, Salum, Amaria, Yosef. Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia. Eyinom nyinaa awareware mmea ananafo, na mmea bi wɔ wɔn mu a wɔawowo mma. Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no, Hanani, me nuanom mu biako, ne mmarima bi a wofi Yuda bae. Na mibisaa wɔn Yudafo a wofii mu a wɔkae nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm. Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew. Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim, na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no! Ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpae a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfo, ne ɔka a mereka Israelfo bɔne a yɛayɛ wo no; na me nso ne m’agya fi ayɛ bɔne. Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so. Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo de, mofom a, me nso mɛbɔ mo mapete aman mu; na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no. Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn. Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo. Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da. Na ɔhene ka kyerɛɛ me sɛ: Efi dɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Eyi nyɛ hwee sɛ koma mu awerɛhow. Na misuroe pii pa ara, na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no. Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio. Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da. Na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda, ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me. Na miduu asuogya amradofo no nkyɛn, na mede ɔhene nhoma no maa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefo aka me ho. Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo. Na mebaa Yerusalem, na midii hɔ nnansa. Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no. Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no. Na mesen mekɔɔ nsuaniwa pon no ano ne ɔhene tare ho, nanso na m’aboa a ɔwɔ m’ase no nnya baabiara mfa. Ɛnna anadwo no meforoo osubon no mekɔhwɛɛ ɔfasu no, na mesan mefaa obon pon no mu mebae bio. Na mmapɔmma no nnim nea mekɔe ne nea meyɛe, na Yudafo ne asɔfo ne mmakoma ne mmapɔmma ne nkae a wɔbɛyɛ adwuma no, minnya menka menkyerɛɛ wɔn ɛ, de abedu sesɛɛ. Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio. Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no. Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi? Na mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn, ne nkoa, yɛbɛsɔre asi, na mo de, munni kyɛfa ne tumi ne nkae bi wɔ Yerusalem. Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho. Na Yeriko mmarima sii nea ɛtoa so, na Imri ba Sakur sii ne ntoaso. Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban. Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu. Na ɔpon dedaw no, Pasea ba, Yoiada ne Besodeia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsɛm so, na wosisii n’apon ne ne mpratwom ne n’adaban. Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Harhaia ba Usiel a ofi sika adwumfo mu no miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hanania, nnufrafo ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kosii ɔfasu tɛtrɛtɛ no so. Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fi ntentenso de no mu. Ne nkyɛn mu na Hasabnia ba, Hatus miamiaa mu. Baabi nso, Harim ba Malkiya ne Pahat-moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso. Ne nkyɛn mu na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene miamiaa mu, ɔno ne ne mmabea. Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano. Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho. Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi. Ɔno so na Lewifo no, Bani ba Rehum, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa n’abupɛn. Ɔno so na wɔn nuanom Henadad ba Bawai, Keila abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso. Ɔno so na Sabai ba, Baruk bɛtoae bɔɔ mmɔden miamiaa sin a ɛka ho no mu fii twea no ho de kosii ɔsɔfo panyin Eliasib fi pon ano. Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho. Ɔno so na asɔfo no, Yordan nsunoafo no, bɛtoae miamiaa mu. Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho. Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoae miamiaa sin a ɛka ho no mu de fii Asaria fi no ho kosii kokoa no mu ne twea no ho. Usai ba Palal, dii twea no ne abantenten a ɛteɛ fi atifi ahemfi nneduafo abangua ho no ntentenso. Ɔno so na Paros ba Pedaia dii. Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam. Ɔno so na Tekoafo no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien mu abantenten kɛse a efi adi no ntentenso kosii Ofel fasu no ho. Efi apɔnkɔ pon no ano na asɔfo no miamiaa mu, wɔn nyinaa wɔ wɔn afi ntentenso. Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae. Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso. Ɔno so na Malkiya, sikadwumfo ba no, bɛtoae kosii nsɔfokwaa ne aguadifo no fi, Begua pon no ntentenso kosii twea abansoro dan no ho. Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu. Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw. Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu? Na Amonni, Tobia a ogyina ne nkyɛn no kae sɛ: Yiw, nea wɔreto yi mpo, sɛ sakraman foro a, obebubu wɔn abo fasu no. Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dan wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ odwen nnommumfa asase so, na nkata wɔn amumɔyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpopa w’anim, na wɔafuw wo bo abantofo no anim. Na yɛtoo ɔfasu no, na wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fa so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe. Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ, na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ biako sɛ wɔreba ne Yerusalem abɛko, na wɔayɛ no sakasaka. Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na wɔn nti, yesisii awɛmfo awia ne anadwo, wɔn anim. Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no. Na yɛn ahohiafo no kae sɛ: Mommma wɔnnte na wonnhu nkosi sɛ yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa. Na Yudafo a wɔtete wɔn ho no fi nkurow no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mpɛn du sɛ wɔrepam yɛn ho apammɔne. Ɛnna mede nnipa misisii ase ase hɔnom, ɔfasu no akyi, nea ɛhɔ da hɔ no, na mede ɔman no misisii sɛ wɔn mmusua te, wɔde wɔn nkrante ne wɔn mpeaw ne wɔn ta. Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi. Na yɛn atamfo no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa san baa ɔfasu no ho kokɔɔ yɛn adwuma so. Na efi da no, me mmerante no fa fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fa nso kurakuraa mpeaw ne akyɛm ne ta ne amiade mu, na asafohene no gyinaa Yuda fi nyinaa akyi. Wɔn a wɔreto ɔfasu no ne wɔn a wɔsoso nnosoa ne wɔn a wɔsoasoa wɔn no, wɔde nsa biako reyɛ adwuma, na wɔde biako kura dade mu. Na wɔn a wɔto no nyinaa bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to; na torobɛntohyɛnfo no wɔ me nkyɛn. Na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Adwuma no dɔɔso, na emu trɛw na yɛn nso yɛapaepae yɛn mu ɔfasu no so, onipa ne ne yɔnko ntam ware. Enti baabiara a mobɛte torobɛnto nka no, ɛhɔ na mommoa mo ho ano mmehyia yɛn nkyɛn: Yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn. Saa na yɛyɛɛ adwuma no. Na wɔn mu fa kurakura mpeaw fi adekyee kosi sɛ nsoromma pue. Nso bere no ara mu no, misee ɔman no sɛ: Onipa biara nipa ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfo anadwo ne adwumayɛfo awia. Na me ne me nuanom ne m’asomfo ne awɛmfo a wodi m’akyi no, yɛanyiyi yɛn ntade, obiara kura ne dade. Na ɔman no ne wɔn yerenom nteɛm kɛse sɔre hyɛɛ wɔn nuanom Yudafo no, na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa. Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo ne yɛn afi resisi nwowa apɛ ɔkɔm mu aduan. Na ebinom nso se: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene tow, yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo no so. Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea. Na metee wɔn nteɛm ne nsɛm yi no, me bo fuwii sɛ. Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse, na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua. Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti? Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ. Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no. Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te. Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so. Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan. Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa. Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho. Na Yudafo ne mpanyimfo no mu ɔha aduonum ne wɔn a wofifi yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pon so. Na nea wɔnoa da koro ni: Nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, na ntakraboa na wosiesie ma me, na dadu mu pɛnkoro nsa ahorow bebree. Nanso eyi mu no, mammisa amrado aduan, efisɛ ɔsom no yɛ duru ɔman no so. Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa. Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano), Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho. Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn? Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara. Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam. Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi. Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina. Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka. Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den. Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo. Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ. Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me. Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛ wɔn nnwuma yi te, ne odiyifobea Noadia nso ne adiyifo no a anka wɔrepɛ ayi me hu no. Na wɔde adaduonum abien na ewiee ɔfasu no ɔsram Elul da a ɛto so aduonu anum. Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi. Nso nna no mu no, Yuda mmakoma no mu pii menaa Tobia nhoma, na Tobia nso de baa wɔn nkyɛn, na Yuda mu nnipa pii asua akyerɛ no, efisɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babea. Nso wɔbɛkaa ne papa m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nhoma no de, Tobia de menae sɛ ɔde rebeyi me hu. Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo. Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii, na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso. Na kurow no mu bae tɛtrɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan nso, wonsisii ɛ. Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ: Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu a wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana bae no. Israel man mu mmarima dodow ni: Paros mma, mpennu ɔha aduɔsɔn abien. Sefatia mma: Ahasa aduɔsɔn abien. Arah mma: Ahansia aduonum abien. Pahat-moab mma: Yesua ne Yoab mma de: Mpennu ahanwɔtwe ne dunwɔtwe. Elam mma: Apem ahanu aduonu anan. Satu mma: Ahanwɔtwe aduanan anum. Sakai mma: Ahansɔn aduosia. Binui mma: Ahansia aduanan awotwe. Bebai mma: Ahansia aduonu awotwe. Asgad mma: Mpennu ahasa aduonu abien. Adonikam mma: Ahansia aduosia asɔn. Bigwai mma: Mpennu aduosia asɔn. Adin mma: Ahansia aduonum anum. Ater mma: Hesekia de: Aduakron awotwe. Hasum mma: Ahasa aduonu awotwe. Besai mma: Ahasa aduonu anan. Harif mma: Ɔha ne dumien. Gibeon mma: Aduakron anum. Betlehem ne Netofa mmarima: Ɔha aduɔwɔtwe awotwe. Anatot mmarima: Ɔha aduonu awotwe. Bet-asmawet mmarima: Aduanan abien. Kiriat-yearim, Kefira ne Beerot mmarima: Ahansɔn aduanan abiɛsa. Rama ne Geba mmarima: Ahansia aduonu biako. Mikmas mmarima: Ɔha aduonu abien. Betel ne Ai mmarima: Ɔha aduonu abiɛsa. Nebo biako no mmarima: Aduonum abien. Elam biako no mma: Apem ahanu aduonum anan. Harima mma: Ahasa aduonu. Yeriko mma: Ahasa aduanan anum. Lod, Hadid ne Ono mma: Ahansɔn aduonu biako. Senaa mma: Mpensa ahankron aduasa. Asɔfo no: Yedaia mma, Yesua fi de: Ahankron aduɔsɔn abiɛsa. Imer mma: Apem aduonum abien. Pashur mma: Apem ahanu aduanan asɔn. Harim mma: Apem ne dunsɔn. Lewifo: Yesua mma, Kadmiel de, Hodewa mma de: Aduɔsɔn anan. Nnwontofo: Asaf mma: Ɔha aduanan awotwe. Aponanohwɛfo: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Ɔha aduasa awotwe. Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, Keros mma, Sia mma, Padon mma, Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, Nesia mma, Hatifa mma. Solomon nkoa mma: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, Yala mma, Darkon mma, Gidel mma, Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Amon mma. Nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no nyinaa: Ahasa aduakron abien. Na eyinom ne wɔn a wofi Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adon, Imer foro bae, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn ase sɛ Israel mu na wofi: Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduanan abien. Na asɔfo mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai a ɔwaree Gileadni Barsilai mmabea mu bi na wɔde wɔn din too no mma, eyinom hwehwɛɛ wɔn mmusua nkyerɛwee, na wɔanhu. Na wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti, woyii wɔn fii asɔfodi mu. Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi nkosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim. Bagua mu no nyinaa ano si mpem aduanan abien ne ahasa aduosia, ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso si mpemnsɔn ahasa aduasa asɔn; na wɔwɔ nnwontofo mmarima ne mmea ahanu aduanan anum. Wɔn apɔnkɔ si ahansɔn aduasa asia, wɔn mfurumpɔnkɔ, ahanu aduanan anum. Yoma: Ahanan aduasa anum; mfurum: Mpemnsia ahansɔn aduonu. Na agyanom atitiriw no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho ade: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkora aduonum, asɔfotade ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akorade no mu. Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu. Na nea ɔman no nkae no mae ne sika nsuruboaa ɔpeduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ne asɔfotade aduosia asɔn. Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu. Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra. Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan. Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no. Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. Na Esra buee nhoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na obuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae. Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam. Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae. Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase. Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden. Na Lewifo no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnhow mo ho. Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase. Na ɛda a ɛto so abien no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no. Na wohui sɛ wɔakyerɛw mmara a AWURADE nam Mose so hyɛe no mu, sɛ Israelfo no ntena asese mu ɔsram a ɛto so ason so afahyɛ no mu, ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no. Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so. Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara. Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no. Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma. Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no. Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkan AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nhoma no mu adekyee mu nkyɛmu anan mu biako, na nkyɛmu anan mu biako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotow AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no. Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo. Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na wuyii no fii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no. Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni. Na wohuu yɛn agyanom amanehunu Misraim, na wutiee wɔn sufrɛ Mmɛw-Po ano. Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi. Na ɛpo no nso, wopaee mu, wɔn anim ma wɔfaa ɛpo no mu, asase kesee so, na wɔn a wotiw wɔn no de, wotow wɔn guu abun no mu, sɛ wɔtow ɔbo kyene nsu a emu dɔ mu. Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so. Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye. Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara. Na wode ɔsoro aduan maa wɔn de kum wɔn kɔm, na wuyii nsu fii ɔbotan mu maa wɔn de kum wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmedi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so. Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm. Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn. Mpo, wɔyɛɛ nantwi ba a wɔagu kae sɛ: Eyi ne wo nyame a okoyii wo Misraim bae no. Na wɔyɛɛ akyiwade kɛse no, wo de, wo mmɔborohunu bebree nti, woannyaw wɔn sare no so: Omununkum dum no amfi wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛw ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so. Na wode wo Honhom pa no nso mae, sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm. Na wohwɛɛ wɔn mfirihyia aduanan sare no so: Anhia wɔn, wɔn ntade ansusuw, na wɔn anan anhonhon. Na wode ahenni ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase ne Basanhene Og asase so. Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba so abedi so no so. Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ. Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu. Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse. Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafo nsa, na wohiahiaa wɔn ho; na wɔn ahohiahia bere mu no, wosu frɛɛ wo, na wo de, wufi soro tiee wɔn, na sɛ wo mmɔborohunu kɛse te no, wode agyefo maa wɔn, na wogyee wɔn fii wɔn ahohiahiafo no nsam. Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu. Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie. Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa. Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo. Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa. Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ, na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no. Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu. Hwɛ, nnɛ, yɛyɛ nkoa, na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne ɛso nnepa no, hwɛ, yɛyɛ ɛso nkoa. Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu. Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano. Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia, Seraia, Asaria, Yeremia, Pashur, Amaria, Malkiya, Hatus, Sebania, Maluk, Harim, Meremot, Obadia, Daniel, Gineton, Baruk, Mesulam, Abigya, Miyamin, Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no; ne Lewifo: Asania ba Yesua, Binui a ofi Henadad mma mu, Kadmiel, ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, Mika, Rehob, Hasabia, Sakur, Serebia, Sebania, Hodia, Bani ne Beninu. Ɔman no atitiriw: Paros, Pahat-moab, Elam, Satu, Bani, Buni, Asgad, Bebai, Adonigya, Bigwai, Adin, Ater, Hesekia, Asur, Hodia, Hasum, Besai, Harif Anatot, Nebai, Magpias, Mesulam, Hesir, Mesesabel, Sadok, Yadua, Pelatia, Hanan, Anaia, Hosea, Hanania, Hasub, Halohes, Pilha, Sobek, Rehum, Hasabna, Maaseia, Ahia, Hanan ne Anan, Maluk, Harim, Baana. Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa, wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa; ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima. Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara. Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no; ama Kyerɛ Abodoo ne daa aduan afɔre ne daa hyew afɔre, home nna de, asram foforo de, ama afahyɛ ne akronkronne ne bɔne ho afɔre, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fi adwuma nyinaa. Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no. Na yɛhyɛe sɛ yɛde yɛn asase so aduankan ne nnua nyinaa aba a edi kan bɛba AWURADE fi daa afe, na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no, na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu. Na ɔsɔfo, Aaron ba, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no, na Lewifo no mfa ntotoso du du no mu nea ɛto so du no mmra yɛn Nyankopɔn fi, na wɔmfa ngu adekora adan mpia no mu. Na Israelfo ne Lewifo no nyinaa mfa aduan ne nsa ne ngo soma afɔrebɔde no mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinne ne asɔfo a wɔsom ne apon ano hwɛfo ne nnwontofo no wɔ; na yɛrennyaw yɛn Nyankopɔn fi no. Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu. Na ɔman no hyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa. Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no. Na Yerusalem de, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ofi Peres mma no mu; ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba. Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa si ahanan aduosia awotwe, wɔyɛ mmarima akokodurufo. Na Benyamin mma ni: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba; na n’akyi no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu awotwe. Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfo; na Senua ba Yuda di kurow no fa a ɛto so abien no so. Asɔfo mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin; Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub a ɔyɛ Onyankopɔn fi panyin no ba; ne wɔn nuanom a wɔyɛ ofi no mu adwuma no: Ahanwɔtwe aduonu abien; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pashur ba, Malkiya ba, ne ne nuanom, agyanom so atitiriw, ahanu aduanan abien; ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba, ne wɔn nuanom, mmarima akokodurufo: Ɔha aduonu awotwe; na wɔn so hwɛfo ne Hagedolim ba Sabdiel. Lewifo mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba, ne Sabetai ne Yosabad, wodi Onyankopɔn fi anihumafo so, wofi Lewifo atitiriw no mu; ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitiriw a ofi aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a odi hɔ, ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba: Lewifo a wɔwɔ kurow kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe anan. Na aponanohwɛfo no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apon ano no: Ɔha aduɔsɔn abien. Na Israel nkae no, asɔfo no, Lewifo no wɔ Yuda nkurow mu tete wɔn agyapade so. Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel, na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so. Na Lewifo a wɔte Yerusalem no so hwɛfo ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba; Asaf mma no mu nnwontofo wɔ hɔ ma Onyankopɔn fi adwuma no. Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofo no, da biara ne ne de. Na Mesesabel ba Petahia a ofi Yuda ba Serah mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho nsɛm nyinaa mu. Na wɔn adɔsaase so nkuraa no de, Yudafo no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu, ne Yesua ne Molada, ne Bet-pelet, ne Hasar-sual, ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu, ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu, ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut, Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfuwa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenae fi Beer-seba kosii Hinom bon mu. Na Benyamin mma a wofi Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu, Anatot, Nob, Anania, Hasor, Rama, Gitaim, Hadid, Seboim, Nebalat, Lod ne Ono, adwumfo bon mu. Na Lewifo no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda de no bi fraa Benyamin mu. Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra, Amaria, Maluk, Hatus, Sekania, Rehum, Meremot, Ido, Ginetoi, Abigya, Miamin, Maadia, Bilga, Semaia, Yoiarib, Yedaia, Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no ne wɔn nuanom atitiriw, Yesua bere so. Na Lewifo no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a odi aseda nnwom no so, ɔne ne nuanom, na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentenso, ɔwɛn no mu. Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada, na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua. Na Yehoiakim bere so no, asɔfo no agyanom atitiriw ni: Seraia fam: Meraia; Yeremia de: Hanania; Esra de: Mesulam; Amaria de: Yehohanan; Maluki de: Yonatan; Sebania de: Yosef, Harim de: Adna; Meraiot de: Helkai; Ido de: Sakaria; Gineton de: Mesulam; Abigya de: Sikri; Miniamin de, Moadia de: Piltai Bilga: Samua; Semaia de: Yehonatan; Yoiarib de: Matenai; Yedaia de: Usi; Salai de: Kalai; Amok de: Eber; Hilkia de: Hasabia; Yedaia de: Netanel. Lewifo no, Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua bere so na wɔkyerɛw agyanom atitiriw no din, asɔfo no nso, wɔkyerɛw wɔn de Persiani Dario ahenni so. Lewi mma, agyanom atitiriw no, wɔakyerɛw wɔn din, beresosɛm nhoma no mu de abesi Eliasib ba Yohanan bere so. Na Lewifo mu atitiriw: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua ne wɔn nuanom a wodi wɔn ntentenso yi ayɛ da ase sɛnea Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe no, awɛmfo kuw ne kuw: Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon ne Akub a wɔwɛn aponanohwɛfo wɛn, apon no anoboa dan no mu. Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so. Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu. Na nnwontofo mma no boaa wɔn ho ano hyiae fi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafo nkuraa ase, ne Bet-gilgal ne Geba mfuwa mu ne Asmawet, efisɛ nnwontofo no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia. Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no. Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano, na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe, ne Asaria, Esra ne Mesulam, Yuda ne Benyamin, ne Semaia ne Yeremia, ne asɔfo mma no mu binom a wokurakura ntorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba, ne ne nuanom: Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, wokurakura Onyankopɔn nipa Dawid asanku no, na ɔkyerɛwfo Esra di wɔn anim. Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei. Na aseda asafokuw a ɛto so abien no kɔɔ wɔn ntentenso, na me nso midii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasu no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kosii ɔfasu Tɛtrɛtɛ no so, de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano. Ɛnna aseda asafokuw abien no kogyinaa Onyankopɔn fi, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho, ne asɔfo no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wokurakura ntorobɛnto, ne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser; na nnwontofo no momaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so hwɛfo. Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri. Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye. Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofo ne apon ano hwɛfo no sɛ Dawid ne ne ba Solomon hyɛe no. Na tete no, Dawid bere so no, na Asaf ne nnwontofo ne Onyankopɔn ayeyi ne aseda so otitiriw. Na Serubabel ne Nehemia bere so no, Israel nyinaa momaa nnwontofo ne apon ano hwɛfo no kyɛfa, da biara ne ne de, na wɔde akronkronne maa Lewifo, na Lewifo no nso de akronkronne maa Aaron mma. Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da, efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia Israelfo, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no nhyira. Na wɔtee mmara no no, woyiyii amamfrafo nyinaa fii Israel. Na eyi nnya mmae no, na ɔsɔfo Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fi mpia so a ɔyɛ Tobia busuani no, asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no. Na eyi nyinaa mu no na minni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛto so aduasa abien so no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyi no, mibisaa ɔhene hɔ kwan, na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no. Na me bo fuwii kɛse, na miyiyii Tobia fi nneɛma no nyinaa fii pia no mu gui, na mekae sɛ wonnwira mpia no mu, na mede Onyankopɔn fi nneɛma no mesan mebaa hɔ bio, aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu no. Na mihui sɛ Lewifo kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn mfuw mu, Lewifo ne nnwontofo a wɔyɛ adwuma no. Na me ne mmapɔmma no hamee, na mise: Ɛdɛn nti na wɔagyaw Onyankopɔn fi yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn misisii wɔn dibea. Na Yuda nyinaa de awi ne nsa ne ngo ntotoso du du bae beguu akorade no mu. Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no. Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no. Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no. Na Tirofo bi a ɛte [kurom] hɔ nso de mpataa ne adetɔnne horow nyinaa ba, na wɔbɛtɔn homeda ma Yudafo ne Yerusalemfo. Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi? So, ɛnyɛ sɛɛ na mo agyanom yɛe, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kurow yi so no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuw no ho, sɛ morekum homeda ho yi. Na ansa na homeda redu no, esum refi ase aduru Yerusalem apon mu no, mehyɛe sɛ wɔntoto apon no mu, na mekae sɛ wonnhiɛ gye sɛ homeda no atwam ansa; na miyiyii m’asomfo no mu binom gyinagyinaa apon no ano, na adesoa bi amma mu homeda. Na aguadifo ne adetɔnne horow no tɔnfo no soɛsoɛɛ Yerusalem apon no akyi pɛnkoro ne mprenu. Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio. Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te. Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea. Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa na Yuda kasa de, na wontumi nka, na aman no mu biara de na wɔka. Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a. So ɛnyɛ eyinom ho na Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Nanso amanaman bebree mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene: ɔno mpo, mmea ananafo na wɔma ɔyɛɛ bɔne. Na mo de, so yentie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛse yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmea ananafo? Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so. Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔahura asɔfodi ho ne asɔfodi ne Lewifo apam no ho. Na midwiraa wɔn ho fii amanaman nneɛma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo no asɛde, sɛnea obiara adwuma te, Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye. Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho. Na ɔwoo mmammarima baasɔn ne mmammea baasa. Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa. Na ne mmammarima no kɔtow pon wɔ obiako biara fi, obiara ne ne da, na wɔsoma kɔfrɛfrɛ wɔn nuammeanom baasa no bae sɛ wɔne wɔn mmedidi na wɔnnom. Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa. Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae. Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho. Na Satan buaa AWURADE sɛ: So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa! Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe. Na da bi a, ne mmammarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panyin fi. Ɔbɔfo bi baa Hiob nkyɛn bɛkae sɛ: Anantwi no refɛntɛm na mfurum abere no nso redidi wɔn nkyɛn mu, ɛnna Sabafo abegu wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔde nkrante akunkum wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno da so rekasa no, obi bae bɛkae sɛ: Kaldeafo abɔ tukuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔakunkum wɔn nkrante ano, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo nso bae bɛkae sɛ: Wo mmammarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔn nua panyin fi, na hwɛ, mframa kɛse fi sare so aba abɛbɔ ɔdan no twea anan no, na adwiriw agu mmerante no so ma wɔawuwu, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atade mu, na oyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn, na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no. Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, sɛ ɔbɛkasa atia Onyankopɔn. Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim. Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa. Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra. Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa! Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam. Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu. Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu! Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne. Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so yi nyinaa no, wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wobehyiae sɛ wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ. Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi. Na wɔne no tenatenaa fam nnansɔn adekyee ne adesae, na obiara ne no ankasa efisɛ wohui sɛ n’amanehunu no so dodo. Eyi akyi no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda. Na ɔkae sɛ: Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ese: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no. Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so. Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu. Anadwo no, esum kabii nkita no, wɔmmma ennnya anigye bi, afe nna no mu, wɔmmma ɛmmma asram dodow no mu. Hwɛ, anadwo no nyɛ kwayow, ahurusi dwom bi mmma mu. Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua, wɔn a wotumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn no. N’ahemadakye nsoromma beduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhu adekyee anisuatɛtɛw. Efisɛ anto m’awo apon mu, na anyi ɔhaw anhintaw m’ani. Ɛdɛn nti na manwu ɔyafunu mu, na mannyaa mu, awoee? Ɛdɛn nti na anankoroma sɔw me, na ɛdɛn nti na metoo nufu minumii? Anka sesɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno de anka manya ahomeye, me ne ahene ne asase so aguasemfo a wɔkyekyee amamfo fae no, anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika, wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afi amaama no. Anaasɛ minni hɔ sɛ ɔpɔn ba a wɔakora no, anaa nkokoaa a wɔanhu hann da. Ɛhɔ na abɔnefo nhaw obi bio, na abrɛfo gye wɔn ahome. Ɛhɔ ara na nneduafo te dwoodwoo, wɔnte opiafo nne. Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛse wɔ, na akoa afi ne wura nsa. Ɛdɛn nti na ɔma ɔbrɛfo hann, na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahow, wɔn a wɔtwɛn owu, na ɛmma, na wɔbɔre hwehwɛ no sen akorade, wɔn a wɔn ani gye mmoroso, na wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ anka wobenya ɔdamoa, ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw, na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia? Na m’apinisi abesi m’aduan ananmu, na me su gu sɛ nsu. Na nea misuro no, ɛno ara na ɛto me, na nea me bo tutu ho no, ɛba me so. Minnya ahodwo ne kommyɛ ne ɔhome, na ahoguan ara na ɛba. Ɛnna Temanni Elifas bua kae sɛ: Sɛ obi ka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahometew anaa? Nanso etwa sɛ mekasa ara? Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den; wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a agurow no, woahyɛ no den. Na afei ɛtoo wo yi, woagyigya, ɛkaa wo yi, woayɛ basaa. So ɛnyɛ wo nyamesuro ne nea wode wo ho to so, na w’akwan a ɛteɛ ne w’anidaso? Kae ɛ, hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no, anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn? Manya no nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa. Onyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhyew, n’abufuw mframa ano. Sɛnea Gyata mmobɔm ne ɔsebɔ nne gyae, na gyataforo sebɔmmɔfo tutu no, saa ara na gyataforo nnya hanam nti owu, na gyatabere mma bɔ pete. Na me de, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asutu bi. Ɔdadwen a efi anadwo adehu mu mu, bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so no, ehu ne ahopopo kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee. Na honhom bi twaam faa m’ani so, me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae, egyinae, nanso manhu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ: So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn, anaa onipa ho tew sen ne yɛfo? Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu; na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu, na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu, na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa. Efi anɔpa kosi anwummere na wɔaposaw wɔn; wɔyera korakora a obi nnwen ho. Sɛ wɔtetew wɔn ho ntamadan hama a, so ɛnyɛ owu na wowu a wɔanhu nyansa bi? Frɛ ɛ, so obi wɔ hɔ a obebua wo? Na akronkronfo mu hena na wode bɛdan no? Na ahisɛm kum ogyimifo, na ninkuntwe kum atetekwaa. Me de, mahu ogyimifo a ogyee ntini, nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea; ne mma ne nkwagye ntam pan, na wɔpɛtɛw wɔn, kurow pon mu a ogyefo nni hɔ. Wɔn a wodi kɔm bedi ne nnɔbae, na nsɔe mu po na wɔbɛfa, na adifudepɛfo amene wɔn adedodow. Efisɛ mmusu mfifi mfi mfutuma mu, na ɔhaw nso mfuw mfi fam. Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no. Na me a, anka mɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na mede m’asɛm mahyɛ Onyankopɔn nsa, nea ɔyɛ adekɛse a enni nhwehwɛm, anwonwade nso a wontumi nkan. Nea ɔma osu tɔ asase so, na ɔma nsu ba wuram, ɔde ahobrɛasefo bɛtenaa nea ɛkorɔn, na nkɔmmɔdifo asɔre akɔ yiyedi mu. Ɔsɛe aniferefo atirimpɔw, na wɔn nsa antumi anyɛ adepa bi. Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu, na obutuw akɔntɔnkyefo agyina. Wɔtɔ sum mu awia, na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo. Na ogye ohiani fi afoa a efi wɔn anom no ano, ne ɔhoɔdenfo nsam. Na ɔbrɛfo nya anidaso, na amumɔyɛ mua n’ano. Hwɛ, nhyira ne ɔdesani a Onyankopɔn ka n’anim, na otumfo nteɛso no, ɔmpo! Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so, ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa. Obeyi wo afi ahohia asia mu, na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo. Ɔkɔm bere obegye wo afi owu mu, na akodi mu nso wagye wo afi afoa ano. Ɔbɛkora wo afi tɛkrɛma mpire ano, na worensuro ɔsɛe a ɛreba. Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm, na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn. Efisɛ wo ne wuram abo po bɛyɛ apam, na wuram mmoadoma bedwo ama wo. Na wubehu sɛ wo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wohwɛ wo tenabea a, worenhu sɛ atɔ mu. Na wubehu nso sɛ w’asefo bɛdɔɔso pii, na wɔn a wofi wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhaban, wode onyinkyɛ na ɛbɛkɔ ɔdamoa mu, sɛ wɔde awi afiafi ba mu ne bere mu no. Hwɛ, eyi na yɛabɔre mu ahu, sɛ ɛte ni; tie, na wo nso, hu fa! Na Hiob gyee so sɛ: Sɛ anka wɔkari m’awerɛhow, na wɔde me yaw nso gu nsenia mu ma so ɛ! Ɛno de anka ɛbɛsen mpoano nwea mu duru, enti na me nsɛm ayɛ hyerebahyereba yi, na Otumfo agyan tuatua me mu, me honhom renom emu bɔre, Onyankopɔn ahiiyide atwa me so mpasua. So torɔm nya sare momono a, ɔteɛteɛm? Anaa nantwi su n’afrafraduan so? So wodi aduan hunu a nkyene nni mu? So dɛ bi wɔ nkosua ho fufu mu? Ade a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no, ɛno ara na ayɛ me aduan a ɛyɛ me nwini. Oo, sɛ anka menya nea mibisa, na Onyankopɔn bɛma me nea m’ani gyina no ɛ! Sɛ anka Onyankopɔn pene na ɔpɛtɛw me, na ɔto ne nsa ɔkwan na etwa me ɛ! Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekye ara na madi ahurusi, ɛyaw a ɛnkyɛe me so no mu, efisɛ mensan ɔkronkronni no nsɛm no ɛ! M’ahoɔden ne dɛn, sɛ mede mɛtɔ me bo ase, na m’awiei ne dɛn, sɛ me kra bɛkyɛ ho? So m’ahoɔden yɛ abo ahoɔden, so me honam yɛ kɔbere? So ɛnyɛ ɔboa bi na enni me mu, na wɔatu ahoɔden afi me ho? Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe; anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro. Me nuanom twa nkontompo sɛ asusosuwa, sɛ asubon a emu nsuwansuwa resen kɔ. Nsukyenee nti ani fono, sukyerɛma hyɛn mu hintaw. Sɛ ɔhyew ka no a, ɛyera, ahohuru mu ɛyera fi n’afa, n’akwantemfo no akwan kɔntɔnkɔntɔn, ɛdan huruhuro kɔ soro na ɛyera. Tema akwantemfo asafo no hwɛe, Seba anantefo ani daa so, wɔn ani wui sɛ wɔde wɔn ani too so, wokoduu ho, na wɔn anim guu ase. Na afei saa ara mote, moahu m’awerɛhow yi, nso moannya tema biara amma me. So maka sɛ mommrɛ me biribi, na me nti momfa mo ade bi nkyɛ, na munyi me ɔhohiafo nsam, na munnye me mfi nhyɛsofo nsam anaa? Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm, na nea mafom so no, momma minhu. Monhwɛ sɛnea asɛntrenee yɛ den fa! Na mo ntɛnyi yi de, animka bɛn na ɛwom? So nsɛm ho animka na mudwen? Ɔwerɛhowni nsɛm te sɛ mframa. Ayisaa so mpo morebɔ ntonto, na mo yɔnko ti nso moredi ano. Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me, na merenni atoro mo anim ha. Mompɛ mu bio ɛ, na mummmu ntɛnkyew; na monsan mpɛ mu, na m’asɛm wom ara. So nea ɛnteɛ bi wɔ me tɛkrɛma so, anaasɛ me dodom nhu abusude? So ɛnyɛ akodi na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase so na ne nna te sɛ ɔpaani nna? Sɛ akoa pere onwini ho, ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaade kwan no, saa ara na wɔama madi asram hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me. Sɛ mekɔda a, meka sɛ: Da bɛn na mɛsɔre na anadwo atwam akɔ? Nna mu aperepere fono me kosi ahemadakye. Me honam fura mmoawa ne dɔte abon, me were ayɛ twaa, na ɛrefi nsu. Me nna yɛ hare sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛrehi, na anidaso bi nni hɔ. Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’aniwa rensan nhu papa. Nea ohu me aniwa renhu me bio, w’ani tua me, nso na minni hɔ. Sɛnea omununkum sa na ɛkɔ no, saa ara na nea osian kɔ asaman no remforo mma bio. Ɔrensan mma ne fi bio, na ne tenabea renhu no bio. Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohia mu, mesi apini m’awerɛhow mu. So meyɛ ɛpo anaa asu mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfo sisi me ho? Sɛ mise: Me mpa bɛkyekye me werɛ, na me dabere bedwudwo m’apinisi no a, ɛnne wode adaeso hyɛ me yaw, na anisoadehu mu na woma mebɔ piriw. Na ɛma me kra paw menewamsiw ne owu sen me nnompe yi. Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro. Ɔdesani ne hena a wubu no ɔkɛse, na wudwen ne ho? Na wohwɛ no daa anɔpa, na wotaa sɔ no hwɛ ara? Worenyi w’ani mfi me so de rekosi da bɛn? Wonto me kwan na memmene me ntasu po? Mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, nnipa hwɛfo, ɛdɛn na wode me ayɛ w’ade a wo ne no anya na madan adesoa ama me ho? Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomso nsen nkɔ? Na afei mɛda mfutuma mu, na wobɛhwehwɛ me. Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ: Enkosi bere bɛn na wobɛka eyinom, na w’anom nsɛm bɛyɛ sɛ mframa dennen? So Onyankopɔn bɛkyea atemmu, anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee? Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam. Sɛ wo ara wohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na wokotɔ srɛ Otumfo no, sɛ wo ho tew na woteɛ a, ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo trenee tenabea adi yiye. Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a, w’awiei bɛso kokuroo. Na bisa awo ntoatoaso ɛ, na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so. Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so. So ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ wo, na wɔayiyi nsɛm afi wɔn komam? So nkyɛkyerɛ fifi nea ɔwora nni, na mmɛw ama ne ho so nea nsu nni anaa? Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wontwae no, edi wura nyinaa kan kisa. Saa ara na wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa akwan te, na ɔbɔnefo anidaso bɛyera, efisɛ wotwa n’ahotoso, na n’anidaso yɛ ananse ntontan. Otweri ne dan, nso ɛrennyina, okura mu, nso ɛrentena hɔ. Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano, na n’abaa yiyi kata ne turo so, ne ntini mantammantam abokuw ho, ɔhyɛn abo ntam. Sɛ wɔsɛe no fi ne tenabea ɛpa no ka sɛ: Minhuu wo da. Hwɛ, sɛ ne kwan ho ahosɛpɛw te ne no, na mfutuma no mu na afoforo fifi. Hwɛ, Onyankopɔn mpo nea odi mu, na abɔnefo nso, onso wɔn nsa. Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma, na wama ahurusi nne afa w’anofafa mu. W’atamfo befura aniwu, na abɔnefo ntamadan rennyina hɔ bio. Na Hiob gyee so sɛ: Ampa ara, minim sɛ ɛte sa, na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn? Sɛ obi pɛ sɛ ɔne no yiyi ano a, ontumi mmua no apem mu biako mpo. Koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo no, hena na wasen ne kɔn wɔ ne so na asi no yiye? Otutu mmepɔw mpatuw mu, obutuw no n’abufuw mu. Ɔwosow asase fi n’atenae, na ne nnyinaso popo. Ɔhyɛ owia, na empue; na ɔsosɔ nsoromma ano. Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro, na otiatia po asorɔkye so. Ɔyɛ Nsorommasɔn, Nyɛnkrɛnte ne Akokɔtan ne ne mma ne anafo fam mpiakyiri. Ɔyɛ ade akɛse a enni nhwehwɛm, ne anwonwade a wontumi nkan. Hwɛ, otwa me ho, nso minhu no, ɔsen, nso minhu no. Hwɛ, ohwim kɔ, hena na ɔbɛsan no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi? Onyankopɔn rensianka n’abufuw, Rahab aboafo brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase. Na menne sɛ me na mebua no, anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyi. Ɔno na sɛ meteɛ po a, meremmua no, mɛkotɔ no sɛ me temmufo. Sɛ mefrɛ na ogye me so a, merennye minni sɛ ɔbɛyɛ aso ama me nne. Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuru dɔɔso kwa no, ɔmma minnya ahomeye, na ɔde awerɛhow hyɛ me ma tɔ. Sɛ wodi no ɔhoɔdenfo tumi so a, anka: Mini! Na sɛ atemmu nso a, anka: Hena na obehyia me? Sɛ meteɛ a, m’ano bebu me fɔ, na midi mu a, ɔbɛma makyea. Me de, midi mu de, nanso mimmu me ho; me nkwa afono me. Ne nyinaa yɛ biako; enti na mise: Nea odi mu ne ɔbɔnefo nyinaa na ɔsɛe wɔn. Sɛ mpire kum mpofirim a, ɔsereserew wɔn a wodi bem amane. Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena? Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo, eguan kɔ, enhu adepa bi. Ɛsen kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn, sɛ ɔkɔre a ɔtow si aduan so. Sɛ mise: Me werɛ befi m’apinisi, megyae bosooyɛ na matew m’anim po a, me yaw nyinaa yɛ me hu, efisɛ mihu sɛ woremmu me bem. Na sɛ wobebu me fɔ a, adɛn nti na memmrɛ ngu? Sɛ miguare sukyerɛma nsu na mede gyakisi mehohoro me nsa a, ɛno nso wode me bɛto amoa mu, na me ho ayɛ me ntade po nwini. Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no, na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro. Nso ɔsentwamfo bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu so. Ma onyi n’abaa mfi me so, na ne ho hu ankita me. Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no, nanso mintumi nyɛ saa, wɔ me ara me fam. Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu. Mese Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma minhu dekode a enti wo ne me ham yi. So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so? So wowɔ honam aniwa anaasɛ wuhu ade sɛ ɔdesani hu no? So wo nna te sɛ ɔdesani nna anaa wo mfe te sɛ onipa nna anaa? Sɛ wohwehwɛ me mfomso akyi kwan na wudi me bɔne akyi? Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam. Wo nsa na ɛnwenee me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi. Kae sɛ wonwenee me sɛ anwemmo, na wobɛma madan mfutuma bio? So woanhwie me angu sɛ nufusu na woma mipiwii sɛ nufusu a akyenkyen sebɔw? Wode were ne nam na ɛhyɛɛ me, na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu. Nkwa ne adɔe na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom. Na eyinom na wode siee wo komam, mahu sɛ eyi na wode atia me. Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomso ho. Sɛ midi abɔnefosɛm a, minnue; na sɛ meteɛ nso a, meremma me ti so; efisɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu. Na sɛ mema me ho so a, wubetiw me sɛ gyata, na woasan ne me adi anwonwasɛm. Na wode w’adansefo afoforo ara abegyina m’anim, na woama w’abufuw adɔɔso wɔ me so, na dɔm a ɛto dɔm abegu me so. Adɛn nti na wuyii me fii ɔyafunu mu? Sɛ anka minya migyaa mu na aniwa bi anhu me ɛ! Sɛ minya meyɛe sɛ ade a enni hɔ ɛ! Mifii ɔyafunu mu no, wokogyaa me ɔda mu ɛ! So me nna nyɛ kakraa bi? Ma onnyaa me, onyi n’ani mfi me so, na me ho nsan me kakra, ansa na makɔ nea merensan memma, na makɔ sum ne sunsuma asase so, sum kabii a ɛte sɛ ɔdasum tumm asase, sunsuma ne sakasaka asase a ɛso hann te sɛ ɔdasum tumm no. Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ: So wɔremmua nsɛnnodow yi anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkrɛmafo nni bem? So wo kasa birebire bɛma nnipa amua wɔn ano? Na sɛ wudi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwu anaa? Na woaka sɛ: Me kyerɛ yɛ gyenennyenen, na me ho tew wɔ Onyankopɔn anim. Oo anka ma Onyankopɔn nkasa na ommue n’ano nkyerɛ wo. Na wakyerɛ wo, ne nyansa mu ahintasɛm, sɛ emu dɔ yiye, na hu sɛ Onyankopɔn yi n’ani fi w’amumɔyɛ no bi so. So wobɛbɔre ahu Onyankopɔn anaasɛ wubehu akodu Otumfo pɛyɛ mu? Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, dɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ asaman, dɛn na wunim? Ne nsusuwii ware sen asase, na ɛtrɛw sen ɛpo. Sɛ otwam ba, na ɔde nnipa gu nnua mu na ohyia asɛnni a, ɛnne hena na obesianka no? Na ɔno na onim nnipa ahuhufo, na ohu abusude, nanso ommu. Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa koma a, na ɛte sɛ wɔawo ahafurum sɛ onipa. Sɛ wo de, wusiesie wo koma, na wotrɛw wo nsam kyerɛ no a, sɛ amumɔyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusude nntena wo ntamadan mu. Ɛno na wobɛma w’ani so a wunni dɛm, na wubetim pintinn a worensuro. Na wo werɛ befi wo haw, wobɛkae no sɛ nsu a asen. Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee, esum bɛdan sɛ adekyee. Na wubenya abotɔyam sɛ anidaso wɔ hɔ, wobɛhwɛ wo ho ahyia, na woada dwoodwoo. Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ dom. Na abɔnefo de, wɔn ani so besiw na guankɔbea bɛbɔ wɔn, na wɔn anidaso bɛdan wɔn owu. Na Hiob buae sɛ: Yoo mone ɔman no nne, na muwu a, nyansa nso bewu. Me nso, mewɔ koma sɛ mo, me de, merentɔ mu mo anim; na hena na onnim nneɛma a ɛte sɛɛ yi? Nea ne yɔnko serew no ne me, nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so, wɔserew ɔtreneeni a odi mu no. Nea ɔte hɔ dwoodwoo no tirim de, animtiaabu na ɛfata amanehunu, ɛne nea wɔasiesie ama wɔn a wɔn nan watiriw. Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no. Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo. Anaasɛ gyen asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi? Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom. So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ? Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu. Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no. Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase. Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea. Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ, na ɔma akannifo dan nkwasea. Ɔsan ahene nkyehama, na ɔde nhama kyekyere wɔn asen; ɔpa asɔfo ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam; ɔma anotewfo gyae kasa, na ogye mpanyimfo nimdeɛ; ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ohodwow nnɔmmarima abɔso mu; oyi ade kuronkuron adi fi sum mu, na ɔde sum kabii fi ba hann mu; ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ; ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so; wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wokyini sɛ asabofo. Hwɛ, m’ani ahu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate ase; nea munim no, me nso minim; mentɔ mu wɔ mo mu. Me de, mepɛ sɛ anka me ne Otumfo no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn beyiyi nsɛm ano. Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa. Sɛ mumua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ nyansa ma mo. Muntie m’atɛnyi, na monyɛ aso mma m’anoyi. So mobɛka nea ɛnteɛ ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no? So mubegye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn? So ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi yiye, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛ wɔdaadaa ɔdesani? Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoam a, ɔbɛka mo anim ampa. So ne kɛseyɛ rentu mo bo, na ne ho hu mma mo so? Mo mmɛ yɛ nso mmebusɛm, mo anoyi yɛ dɔte anoyi. Mummua mo ani mfi me so, na me ara menkasa, na nea ɛbɛba me so mmra. Adɛn nti na memfa me honam mintua me se ano, na memfa me kra mento me nsam? Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara; m’akwan nko na mɛpere n’anim; eyi ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ ɔbɔnefo remma n’anim. Muntie, muntie nea mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛase nhyɛn mo asom. Hwɛ, masiesie asɛnni mato hɔ, minim sɛ me na medi bem. Hena ne nea ɔne me bɛham? Ɛnne anka mɛyɛ komm na magyaa mu. O AWURADE sɛ woyɛ ade abien pɛ ma me a, anka meremfa me ho minhintaw mfi w’anim: Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkita me; ɛno na frɛ me, na me nso megye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me. Me bɔne ne me mfomso si ahe ara? Ma minhu me mmarato ne me bɔne. Adɛn nti na wode w’ani hintaw, na wubu me wo tamfo? So wubeyi ahaban a mframa de kɔ ahii, na wubetiw nkraadua a aguan? Na wokyerɛw me ho nsɛm yawyaw na woma midi me mmerantebere mu bɔne so ade. Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wutwa m’anammɔn ho hye. Nso onipa de, ɔporɔw sɛ dufɔkye, sɛ ntama a nwewee redi. Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina. Na so oyi so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmu mu w’anim? Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ. Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ, na n’asram dodow wɔ wo tirim, na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a, ɛnne yi w’ani fi no so na ɔnhome nkosi sɛ obewie ne da sɛ ɔpaani. Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no: Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam, na ne nsim wu dɔte mu a, nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw; na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he? Nsu fi po mu dɔ mpumpunase, na asu nso mem na ɛyow: Saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre. Ɔsoro nnya ntwaam yi, wɔrennyan, na wɔrenwosow wɔn mfi wɔn nna mu. Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no. Nanso afei de, wokan m’anammɔn, na wunyi w’ani mfi me bɔne so. Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotoku mu, na woakyekye me bɔne ano. Ampa ara bepɔw po hwe ase yera, na ɔbotan nso twiw fi n’afa; abo nso, nsu fi mu, ne yiri pra fam dɔte kɔ, na ɔdesani anidaso, woma ɛyera. Wutintim no so ma otwam kɔ, wosakra n’anim na wusum no kɔ; ne mma nya anuonyam mpo a, onnim, na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn. N’ankasa ne honam yaw nka na ɔte, na ne kra di n’ankasa ne ho abooboo. Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ: So onyansafo de nimdeɛ huhuw bebua, na ɔde apuei mframa ahyɛ n’afuru ma? Ɔde nsɛm a ɛmfra beyi ntɛn, ne nsɛnkekae a mfaso nni mu? Nso wotow onyamesuro kyene, na wuhuan Onyankopɔn anim mpaebɔ adwene so. Na w’ano kyerɛ wo bɔne, na woafa anifere tɛkrɛma. Wo ara w’ano na ebu wo fɔ, na ɛnyɛ me, yiw, wo ankasa w’ano na edi adanse tia wo. So wone nea odi kan a wɔwoo no onipa, na wonyinsɛn wo ansa na wɔyɛɛ nkoko? So wukotiee Onyankopɔn agyinatu, na woasiw nyansa ano afa? Dɛn na wunim a yennim, na wuhu mu a enni yɛn nkyɛn? Hwɛ nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn mu, nea ɔsen w’agya panyin mpo. So Onyankopɔn awerɛkyekye ne, nsɛm a ɔne wo ka no brɛoo no sua w’ani so anaa? Adɛn na wo koma twe wo kɔ, na adɛn na w’ani pa anyinam, na wodan wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkekae fi w’anom? Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew, anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ? Hwɛ, n’akronkronfo mpo ɔmfa ne ho nto wɔn so, na ɔsoro ho nso ntew n’ani so. Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu. Mɛkyerɛ wo, na tie me; na nea mahu no, mɛka akyerɛ wo. Nea anyansafo aka, na wɔansiw so fi wɔn agyanom bere so, wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn, na ɔhɔho biara antwam wɔn mu. Ɔbɔnefo ho yeraw no, ne nna nyinaa, na wɔde mfe a wɔakan asie otirimmɔdenfo. Ehu nkate gyigye n’asom, asomdwoe po mu na ɔsɛefo ba no so. Onnye nni sɛ ɔbɛsan afi sum mu, na wɔayi no ama afoa. Okyini hwehwɛ aduan, se: Ɛhe na ɛwɔ? Onim sɛ esum da abɛn no. Ahohia ne ahokyere yi no hu, etintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu. Efisɛ wateɛ ne nsa wɔ Onyankopɔn so, na watew Otumfo so atua. Ɔde kɔn a asen atow aba no so, ne n’akyɛm akyi apɔwapɔw a emu yɛ duru no; efisɛ wama ne srade akata n’anim, na wama ne mfe mu adɔre srade, na wakɔtena nkurow a agu so, afi a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituw mu: Ɔrennya ne ho, na n’adedodow nso rennyina, na ne nnɔbae renkonkom mma fam; ɔremfa ne ho mfi sum mu, ogyaframa bɛma ne nnubaa agunguan, na mframa bɛpra ne hyerɛn akɔ; mma ɔmmfa ne ho nnto ahuhude so nnnaadaa ne ho, na ahuhude ara na ɛbɛyɛ n’akatua. Ne da nnya nnui no na akatua no bɛba, na ne dubaa renyɛ frɔmfrɔm; ɔbɛporow n’akasiaw abun sɛ obobe de, na wawosow ne nhwiren agu sɛ ngodua de; na abɔnefo fekuw bɛyɛ abonin, na ogya bɛhyew adammudegye ntamadan. Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu, na wɔn yafunu siesie nnaadaa. Na Hiob gyee so sɛ: Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree ntee; mo nyinaa yɛ gyamserefo. So nsɛnhuhu yi awiei ni? Anaasɛ ɛdɛn na ɛkaa wo ma wubua? Sɛ mewɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawosow me ti magu mo so; Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den, na m’anom duema ama mo yaw abotow. Sɛ mekasa a, me yaw no mmotow, na sɛ migyae nso a, ɛso nhuan ara. Na afei de, Onyankopɔn agurow me; woama me ho nnipa nyinaa agu; woapompono me ma adan adanse atia me, na me fɔn asɔre ahyɛ me na atoto m’ano wɔ m’anim. Watetew me n’abufuw mu na ɔtaa me; ɔtwerɛ ne se gu me so; m'ahohiafo no nworam n’ani hwɛ me. Wɔtɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’asom, wɔn nyinaa boaboa wɔn ho ano hyɛ me. Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufo nsa, na wasum me ato abɔnefo nsam. Anka midi yiye, na obubuu me. Osoo me kɔn na obubuu me pasaa, na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botae; n’agyan dii me so atwagu, ɔpaee m’asaabo mu, na wankora so, ohwiee me bɔnwoma guu fam; oburuw me de oburuw paee oburuw so; ɔtow baa me so sɛ ɔdɔmmanin. Mepam atweaatam mekataa me were so, na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu. Osu nti m’anim abere kɔkɔkɔkɔ, na owu sunsuma da m’anisuatɛtɛ so. Nanso amim bi nni me nsam, na me mpaebɔ ho tew. O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya ɔhomebea! Seisei po, hwɛ, ɔsoro na me dansefo wɔ, na me dimafo wɔ nea ɛkorɔn. Me nnamfo po di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’aniwa poroporow nsu ma no. Sɛ onni mma onipa, Onyankopɔn anim, sɛ onipa ba di ma ne yɔnko no. Na mfe a ɛwɔ ano no bedu, na makɔ ɔkwan a merensan memma. M’ahome asa, me nna ahi, damoa na ɛwɔ hɔ ma me. Ampa ara, ahiiyifo na ɛne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. Si awowa ɛ, di me agyinam wo ara w’anim. Hena na obegyina m’akyi? Na woayi nimdeɛ ahintaw wɔn koma, enti woremma wɔn so. Nea ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bi no, ne mma aniwa po bɛhwere. Na ɔde me ayɛ aman akasabebui, na madan ani so hinam. M’awerɛhow nti m’ani so asiw, na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsuma. Teefo ho dwiriw wɔn eyi ho; na nea odi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani. Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden. Na mo nyinaa, monsan mmra ɛ! Nanso merenhu mo mu nyansafo biara. Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimbɔ mu, me koma ade a ɛpɛ no mu. Wɔde anadwo yɛ awia; wose: Hann bɛn nea esum wɔ. Sɛ mede asaman meyɛ me fi, na metow me mpa esum mu, na mise ɔdamoa sɛ: M’agya ne wo, ne mmoawa sɛ: Me na ne me nuabea ne mo, a, na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ? Na nea m’ani da so no, hena na obehu? Ebesian akɔ Asaman adaban mu, bere a yɛn nyinaa home wɔ mfutuma mu. Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ: Mobɛkɔ nsɛnkeka so akosi da bɛn? Munnwen ho, na ɛno akyi no, yɛakasa. Adɛn na wobu yɛn sɛ mmoa, na yɛyɛ mo ani so tibɔnkɔso anaa? Wo a wotetew wo ho w’abufuw mu, so wo nti na wobegyaw asase, na wɔatu ɔbotan afi ne sibea anaa? Nanso ɔbɔnefo kanea bedum, na ne gyaframa renhyerɛn. Hann beduru sum, ne ntamadan mu, na ne kanea adum wɔ no so; n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa, na n’agyinatu ahwe no ase. Na n’ankasa ne nan bɛka no ato atena mu, na wanantew mfiri so. Nsɛmma beso ne nantin na nkyehama akyekyere no. Wɔde hentia behintaw fam ama no, na wɔasum no afiri ɔkwan so. Ehu bekita no mmaa nyinaa ahyia, na atiw no n’anammɔn mu. Ɔkɔm bɛsɛe n’ahoɔden, na mmusu ama wahintiw. Ebedi ne honam akwaa, yiw owu abakan bedi n’akwaa. Wobetu n’anidaso afi ne ntamadan mu, na wɔde no akɔ ahude mu hene no nkyɛn. Nea ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntamadan mu, wɔbɛbɔ sufrɛ apete ne tenabea. Ne ntini bewuwu wɔ n’ase, na n’abaa agunguan wɔ soro. Ne nkae bɛsɛe afi asase so, na ɔrennya din asase ani. Wobesum no afi hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afi wiase. Ɔrennya mma ne mmanana ne man mu, na aseni bi renka n’atenae. Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔe ahodwiriw, sɛnea ehu kitaa wɔn a wɔwɔ apuei no. Ampa ara, sɛnea amumɔyɛfo tenabea te ni, na nea onnim Onyankopɔn no nso kyɛfa ni. Na Hiob gyee so sɛ: Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, mode nsɛm abubu me pasaa? Mpɛn du ni a moasopa me, mo ani nwu sɛ mohow me werɛ. Na mpo, sɛ ampa na mafom a, me so na mfomso no da. Sɛ ampa sɛ moma mo ho so hyɛ me, na muyi me m’ahohora ho ntɛn a, ɛnne munhu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asawu atwa me ho ahyia. Hwɛ, ayayade nti meteɛ mu, nso wonnye me so; misu mefrɛ ɔboa, nso ogyefo bi nni hɔ. Ɔde ban atwa me kwan mu, na mintumi mensen, na me kwan so aduru sum. Wayi m’anuonyam afi me so, na wahotiri me ti so abotiri. Wabubu me afa nyinaa a minni hɔ bio, na watu m’anidaso ase sɛ dua. Wama n’abufuw afram me so, na obu me sɛ n’atamfo mu biako. N’asafo horow bɔɔ mu bae, na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so, na wɔbɔɔ nsra twaa me ntamadan ho hyiae. Wayi me nuanom afi me ho kɔ akyirikyiri, na m'amannimfo adannan me ahɔho koraa; m’abusuafo atwe wɔn ho kɔ, na me nnamfo paa werɛ afi me; wɔn a wɔbɛtena me fi ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho, madan wɔn ani so ɔnanani; mefrɛ m’akoa na ommua me, mede m’ano mepa no kyɛw po. Me yere po kyi me home, me yafumma mpo mpɛ m’ahomegu. Ntɔtɔfifiwa po bu me animtiaa, mise mesɔre a, wɔkasa tia me. Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwini, na m’adɔfo adan wɔn ani ahyɛ me. Me nnompe fomfam me were ne me nam ho, na me se ho were nko na mede mafi mu. Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Onyankopɔn nsa aka me. Adɛn nti na mutiw me sɛ Onyankopɔn, na me nam nso mmee mo? O, sɛ anka wɔrekyerɛw me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nhoma mu ɛ! Sɛ wɔde dade kyerɛw ade ne sumpii rekurukyerɛw ɔbotan mu na atena hɔ daa ɛ! Na me de, minim sɛ me dimafo te ase, na awiei no, obedi m’asɛm ama me wɔ asase yi so. Na wɔasɛe me were sɛɛ yi akyi no, na metu mafi me honam mu makɔhwɛ Onyankopɔn. Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa behu, na ɛnyɛ obi foforo. M’asaabo resa wɔ me mu. Sɛ muse: Yɛbesi dɛn atiw no, Na yɛahu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a, munsuro afoa, efisɛ abufuhyew de afoa asotwe ba, na moahu sɛ atemmu wɔ hɔ. Ɛnna Naamani Sofar buae sɛ: Me ho pere me nti, m’adwene yɛ me sɛ mimmua. Mate nteɛso a asopa me, nanso honhom fi me nhumu mu bua me. So wunnim eyi a efi tete, efii sɛ wɔde nnipa sii asase so no, sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko? Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro, na ne ti kɔka omununkum a, ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbew, wɔn a wohuu no no bɛka sɛ: Ɔwɔ he? Obetu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no, na wɔbɛpam no akɔ sɛ anadwo adehu. Aniwa a ahu no renhu no bio, na ne tenabea renhu no bio. Ne mma bɛpata abrɛfo, na ne nsa adan n’ahode ama. Ne mmerantebere mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama, na afei ɛne no abɛda dɔte mu. Sɛ adebɔne yɛɛ n’anom fremfrem, na ɔde siee ne tɛkrɛma ase, na ɔkyɛee so na wannyaa mu, na ɔma ɛkaa ne dodom a, afei de n’aduan asakra ne nsono mu, nhurutoa bɔre wɔ ne yam. Wamene adedodow, na ɔbɛfe bio, Onyankopɔn betu afi ne yam; obefew ahurutoa bɔre, na ɔprammiri tɛkrɛma bekum no. N’ani rennye nsuwansuwa ho, ɛwo ne nufusu ani srade asuasu nsubɔnten ho. Ɔbɛdan nea wabrɛ ho ama, na ɔremmene, n’ade a wanya no, ɔrenni ho ahurusi, sɛ ne dodow te no. Efisɛ wapɛtɛw abrɛfo agyaw wɔn, na wafa ofi a ɛnyɛ ɔno na ɔkyekyee. Sɛ ne yafunu ammee da nti, ɔrenkora nea n’ani gye ho no biara so. Wannidi annyaw bi da, enti n’ahonyade rentena hɔ. N’adedodow mayɛ mu ne ho behia no, amanehunufo nyinaa nsa bɛba no so. Ɔbɛma n’abufuhyew aba no so, ama ɔde ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma atɔ agu no so de ayɛ n’aduan. Oguan fi dade akode ano a, kɔbere agyan bɛwɔ no ahwirew no mu; otu fi ne honam mu, na agyan no fi ne bɔnwoma mu a, owu nyinnyam begu no so. Wɔde sum nyinaa asie n’akorade, ogya a obi mfita mu bɛhyew no, ɛbɛhyew nea aka ne ntamadan mu. Ɔsoro beyi n’amumɔyɛ adi, na asase bɛsɔre ahyɛ no. Wɔbɛsoa ne fi ahonyade akɔ, wɔbɛtwe akɔ, n’abufuw da no. Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a, efi Onyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapade, a Onyankopɔn ahyɛ ama no no. Na Hiob gyee so sɛ: Otie na muntie me kasa, na eyi nyɛ mo awerɛkyekye. Munnyaa me mma me nso menkasa, na mekasa miwie a, afei moadi fɛw. So me de, onipa na midi abooboo mekyerɛ no? Na adɛn nti na me home rentew me? Monnan mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano. Sɛ mekae a, mebɔ piriw, na nketenkete kita me honam. Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso? Wɔn mma tintim wɔn anim pintinn ka wɔn ho, yiw, mekyerɛ wɔn asefo no. Wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu, na Onyankopɔn nteɛso bi nni wɔn so. Wɔn nantwinini wowo, na ɔhaw bi mma ho, wɔn anantwibere nya awoye, na wɔmpɔn. Woyi wɔn ntɔtɔfifiwa adi sɛ nguankuw, na wɔn mmotafowa nso huruhuruw. Wɔn nne di akyeneka ne sankubɔ mu, na wɔn ani gye abɛnhyɛn ho. Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wosian kɔ asaman afrɛso. Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so, na yɛmpɛ sɛ yɛhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ. Dɛn ne Otumfo no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya? Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefo agyinatu mpare me! Mpɛn ahe na abɔnefo kanea dum, na wɔn abu nso bu wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhow n’abufuw mu? Wɔte sɛ sakran, mframa ano, ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ. Moka sɛ: Onyankopɔn kora wɔn amumɔyɛ so de ma wɔn mma; ma ontua wɔn ka na wonhu. Ma wɔn aniwa nhu wɔn mmusu, na wonhu Otumfo no abufuhyew no bi. Na ofi a wogyaw wɔn akyi no mfa wɔn ho hwee bio, bere a wɔn asram dodow to atwa no. So obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhumu? Ɔno a obu ɔsorofo no atɛn no. Obi wɔ n’ahoɔden pintinn nso owu, bere a ne ho tɔ no na n’asom dwo no; Nufusu ahyɛ ne nhina amaama, na ne nnompe mu hon yɛ bɛtɛɛ no. Na ɔfoforo nso, de ne kra awerɛhow wu a wanni nnepa no bi. Faako ara, dɔte mu na wɔdedae, na mmoawa kata wɔn so. Hwɛ, minim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no, sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fi wɔ? Na ɛhe na ntamadan a abɔnefo tenaa mu no wɔ? So mummisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no so, na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monkarii? Na wɔakora nnipa bɔne so de kosi ɔsɛe da, wɔde wɔn kɔ aweredi da. Hena na ɔbɛka wɔn ani, n'abrabɔ ho? Na nea wɔayɛ no, hena na obetua wɔn so ka? Na ɔno de, wokɔgya no damoa mu, na wɔwɛn wɔn damoa so ara. Obon mu dɔtetɔw yɛ wɔn dɛ, na nnipa dodow di akyi, na n'anim nso wonnim wɔn dodow. Na adɛn na mokyekye me werɛ kwa, na mo mmuae yɛ nkontompo ara yi? Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ: Ɔdasani bi betumi adi mu Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefo mpo, odi mu wɔ n'ankasa n'ani so. So Otumfo nya ho biribi sɛ woteɛ, anaasɛ onya mfaso sɛ w’akwan di mu? So wo suro nti na ɔbɛka w’anim, na ɔde wo akɔ atemmu mu anaa? So ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso? Na w’amumɔyɛ nni awiei. Sɛ woagye wo nuanom awowa kwa, na woapa adagyafo ho ntama. Woamma opititɔfo nsu annom, na woakame nea odi kɔm aduan. Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no, na nea ɔwɔ anuonyam no na ɔtena so. Woama mmea akunafo de nsapan kɔ, na nyisaa abasa nso, wɔabubu. Enti na mfiri atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim. Anaasɛ wunhu sum ne nsu pii a akata wo so? So ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛ ɛkorɔn fa! Na woka sɛ: Dɛn na Onyankopɔn nim? So kusukuukuu akyi noho na obebu atɛn? Omununkum yɛ no nkataho, na onhu ade, na ɔsoro kontonkron so na ɔnantew. So wobɛfa tete tempɔn no a mmabusufo nantew so no so? Wɔn a wɔpraa wɔn kɔe ansa na ɛbere dui, na wɔn nnyinaso sen kɔe sɛ nsuyiri no. Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so! Na dɛn nso na Otumfo bɛyɛ wɔn? Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afi amaama, na abɔnefo agyinatu mpare me! Atreneefo hu, na wɔn ani gye; na nea odi bem no di wɔn ho fɛw, ka sɛ: Ampa ara wɔn a wɔsɔre hyɛɛ yɛn no ayera, na wɔn nnikae nso, ogya ahyew! Enti, fa wo ho bɔ Onyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; eyi mu na adepa bɛba ama wo. Gye n’anom mmara, na fa ne nsɛm sie wo komam. Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ, sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a, fa sika amapa gu mfutuma mu, na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmosea mu. Na Otumfo bɛyɛ wo sika amapa bebree, ne dwetɛ a wɔahɔre ama wo. Ɛno na wo ho bɛsɛpɛw wo Otumfo ho, na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn. Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboade no, woatua. Wobɛbɔ wo tirim, na ebegyina ama wo, na hann bɛhyerɛn w’akwan so. Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛnne ahomaso nti a. Efisɛ ɔhobrɛaseni de, ɔbɛma wadi yiye. Sɛ nea onni bem po, obegye no a, ɛnne w’ahotew so na wobegye wo. Na Hiob gyee so sɛ: Ɛnnɛ na me nkɔmmɔdi mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asen m’apinisi. O, sɛ anka minya mihu nea mehu no, na mikodu ne tenabere ɛ! Anka mehwie m’asɛm agu n’anim, na mabisabisa no nsɛm ara yiye. Na anka mehu nsɛm a ɔde bebua me, na mate nea ɔbɛka akyerɛ me. So tumi dodo na ɔde ne me bɛham? Daabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me. Ɛhɔ na ɔteneneeni ne no beyi ntɛn, na mafi me temmufo nsam korakora. Hwɛ, mekɔ m’anim, nso onni hɔ, ne m’akyi nso, nso minhu no; na ɔyɛ n’ade benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔman nifa a, minhu no. Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu. Ne nammɔn mu na me nan tintimii dennennen, mahwɛ ne kwan, na mamman. N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me. Nso ɔno de, ɔnsakra da, na hena na ɔbɛsan no? Na nea ɔpɛ na ɔyɛ. Nea wahyɛ ama me na ɔbɛma aba, na ade a ɛte sɛɛ pii na ɛwɔ ne tirim. Enti ehu ka me n’anim, midwen me tirim, na me ho popo wɔ ne ho. Na Onyankopɔn ama me koma abubu, na Otumfo no ayi me hu, efisɛ manyera esum no mu, na wakata esum kabii no so m’anim. Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no? Ebinom wɔ hɔ a wotwiw ɔhye, wɔfow mmoakuw, na yɛn wɔn. Wɔka ayisaa afurum kɔ, wogye okunafo nantwi sɛ awowa. Wosum ahiafo afiri ɔkwan so; asase so amanehunufo bom hintaw. Hwɛ, sɛ sare so mfurum fi adi no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadi so kɔpɛ aduan, sare so na wonya aduan ma mmofra. Mfuw so na wotwa mmoa aduan, na wodi ɔbɔnefo bobeturo mu mpɛpɛwa. Wɔde adagyaw na ɛda, wonni ntama, na wonni nkataho awɔw mu; mmepɔw so sutɔ fɔw wɔn, na sɛ wonni guankɔbea nti, wɔyɛ ɔbotan atuu. Wɔtew ɔseawuo fi nufu ano, na wogye ohiani hɔ awowa. Wɔnenam adagyaw, wonni ntama, na wɔde ɔkɔm soasoa awi afiafi. Wokyi ngo wɔn afasu mu, wotiatia nsa-kyi-amoa so, nso wodi sukɔm. Nkurow mu nso mmarima si apini, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ mmoa, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari wɔn amumɔyɛsɛm no. Ebinom ayɛ hann anim atuatewfo, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu. Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo. Na ɔwaresɛefo aniwa twɛn sum bere, ɔka sɛ: Aniwa bi renhu me; na ɔde nkataho kata n’anim. Esum mu na wohwirewhwirew adan mu; wɔto wɔn ho pon mu awia, wonnim hann. Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, efisɛ wɔne sum kabii mu ahuyide yɛ nnamfo. Ne ho yɛ hare wɔ nsu ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnan n’ani nkɔ bobe nturo kwan so. Sɛnea ɔhyew ne ahohuru nnan sukyerɛma no, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ. Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ fi no, mmoawa fefew no. Wɔnkae no koraa bio, na wobebubu amumɔyɛ sɛ dua. Odidii obonin a ɔnwo mpo ho, na wanyɛ ɔbea kunafo yiye. Nanso Onyankopɔn de ne tumi twe atumfo fi hɔ; wɔtumi nya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho anidaso biara. Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan. Wodu nea ɛkorɔn, ɛyɛ kakraa pɛ, na wonni hɔ; wogyaa mu na wɔsiesie wɔn sɛ nnipa nyinaa, na wotwitwa wɔn sɛ awi mmɛtem. Sɛ ɛnte saa a, hena na obeyi me ɔtorofo, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu? Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ: Tumidi ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoe ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. So n’asafo ano wɔ abuye? Na hena na ne hann renhyerɛn no so? Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew? Hwɛ, ɔsram po, ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim, na nsoromma ho ntew n’ani so. Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboaa yi! Na Hiob gyee so sɛ: Woaboa nea onni tumi dɛn? Dɛn na woayɛ agye basa a enni ahoɔden? Afotu bɛn na woatu nea onni nyansa, na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa? Hena na woaka nsɛm akyerɛ no, na hena ahome na afi wo mu yi? Nsamanfo ho yeraw wɔn, nsu ne wɔn a wɔte mu no ase. Asamando da adagyaw n’anim, na nkataso biara nni hɔ mma ɔsɛe amoa. Ɔno na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni. Ɔkyekyere nsu hyɛ amununkum mu, nanso omununkum no mpae wɔ ase. Ɔbram n’ahengua anim de ne mununkum katakata ho. Otwa nsu ani hye de kosi nea hann ne sum awiei hyia hɔ. Ɔsoro nnyinaso hinhim, na wɔn ho dwiriw wɔn, n’ateɛteɛ ano. Ɔde ne tumi nu ɛpo mu, na ɔde ne nhumu brɛ Po mu bɔpɔn ase. Ne honhom ano na ɔsoro tew, ne nsa na ehwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare no mu. Hwɛ, eyinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛte, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hena na obehu mu? Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ, ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi, na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Onyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi, ampa ara, m’ano renka amumɔyɛsɛm, na me tɛkrɛma renka nnaadaasɛm! Ɛmpare me sɛ mebu mo bem; meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu. Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu; me koma remmu me fɔ me nna biara ho. Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefo, na nea ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumɔyɛfo. Na ɛdɛn ne ɔkɔnkɔnsani anidaso, bere a wotwa ne nkwa so, bere a Onyankopɔn twe ne kra kɔ no? So Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ bere a ahohia bɛba no so no anaa? Anaasɛ n’ani begye Otumfo ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa mu anaa? Mɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsa ho asɛm, nea ɛwɔ Otumfo hɔ no, merensiw so. Hwɛ, mo de, mo nyinaa moahu, na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi? Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a onya Onyankopɔn hɔ, ne nhyɛsofo agyapade a wonya Otumfo nsam: Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afoa, na wɔn a wofi no mu no aduan remmee wɔn. Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyare mu na wobesie wɔn, na n’akunafo rensu. Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfutuma, na osiesie ntade sɛ dɔte a, osiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ, na dwetɛ no, nea odi bem na ɔbɛkyɛ mu. Osi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ ɔsese a ɔwɛmfo yɛ. Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefo, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; obebue n’ani, na onni hɔ bio. Ahuyide fa no sɛ nsu, anadwo na ahum wia no kɔ. Apuei mframa soa no kɔ, na ehwim no fi ne tenabea. Na ɔtow gu no so, na ɔnkyɛe no so, aguan ara na ɔpɛ aguan afi ne nsam. Wɔbɛbobɔ nsam agu no so, na wɔabɔ no so hwirema de no afi ne tenabea akɔ. Yiw dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhoro. Dade nso wotu no fam, na wɔnan abo yɛ kɔbere. Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kodu akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu abo. Wotu nkron nea obi nte hɔ, anammɔn a etwam werɛ fi no, ɔsensɛn hɔ, wodi ahim nea ɔdesani bi nni hɔ. Asase wɔ hɔ yi, aduan fi mu ba, na n’ase nso, wɔdan ani sɛ ogya. Hoabo dabea ne n’abo no mu, na sikafuturu nso wɔ hɔ. Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔre po nnim, na akoroma aniwa nhui da, anworanworammoa ntiatiaa so, na gyatabiri mfaa hɔ. Ɔteɛ ne nsa ka ɔbohemmaa, obutuw mmepɔw ne ntini mu. Otwitwa aka abotan mu, na n’aniwa hwɛ aboɔdenne nyinaa. Osisiw asuasu kwan na ansosɔ, na ade a ahintaw no, oyi ba hann mu. Na nyansa de, ɛhe na wobehu, na ɛhe na nhumu afa wɔ? Ɔdesani nnim ne bo, na wonhu ateasefo asase so. Obon donkudonku ka sɛ: Enni me mu. Na ɛpo ka sɛ: Enni me hɔ. Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye, na wɔnkari dwetɛ ntua ne ti bo. Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ, wɔmfa apopobibiribo a ne bo yɛ den ne hoabo ntɔ. Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinne nsesa. Wɔmmɔ nhene panyin ne abo a ɛhyerɛn din, na nyansa bo sen nhene pa de. Etiopia asase so akrate bo ne no nsɛ, na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne bo. Ɛnne ɛhe na nyansa fi ba? Na ɛhe na nhumu tenabea wɔ? Wɔde ahintaw ateasefo nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim. Ɔyera amoa, ne owu ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka. Onyankopɔn na ohu ne kwan mu, na ɔno na onim ne tenabea; na ɔno na ɔhwɛ asase awiei, ɔsoro ase nyinaa nso, ohu. Ɔhyɛɛ mframa duru too hɔ, na ɔhyɛɛ nsu sɛ ne nsusuwii te no, bere a ɔhyɛɛ osu ahyɛde, na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no, ɛno na ohui na oyii no adi; ɔde sii hɔ na ɔpɛɛpɛɛ mu. Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi, ne nhumu. Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ! Bere a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantew sum mu no! Sɛnea na mete me twabere nna mu, bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no; bere a Otumfo ne me da so wɔ hɔ, na me mmofra nso atwa me ho ahyia, bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu, na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no. Mifi adi mekɔ kurow pon ano, na mede m’agua misi mprae so a, mmerante hu me, na wohintaw, na nkwakoraa sɔre gyinagyina. Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butuw wɔn ano. Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkrɛma fam wɔn dodom. Na aso te a, ehyira me, na aniwa hu me a, edi me adanse. Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo. Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam. Mifura trenee na efura me, m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri: Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo, ne nan nso maa apakye; meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no; na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo, na mihwim afow ade mifii ne se mu. Na mekae sɛ: Me berebuw ara mu na megyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ nwea; me ntini mu bebue ama nsu, na obosu nso atena mman so. M’anuonyam yɛ foforo ma me, na me ta anya denyɛ foforo me nsam. Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu; me kasa akyi wɔnsan nkasa bio, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so: Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu. Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase. Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ. Na afei wɔn a midi wɔn panyin koraa serew me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn mɛhyɛ m’akraman a wɔhwɛ me nguankuw so no mu, wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa? Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyerekyerewa so nea ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa; wɔtetew nkyenhaban nnua so, na sare so nnua ntini ne wɔn aduan. Wɔatu wɔn afi nnipa mu, wohuro wɔn sɛ owifo. Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔtetee, ɛfam ne abotan mu ntokuru mu; Nnua ntam na wɔbobom, nsasono ase na wɔsam. Nnyennyentwi mma ne wɔn, wɔn a wonni din mma nso, wɔapam wɔn afi asase so. Na afei madan wɔn sanku dwom, na mayɛ wɔn sɛmmɔdɛ. Wokyi me, wɔma me ne wɔn ntam pan, na wɔnkame sɛ wɔtetew ntasu gu m’ani so. Na sɛ Onyankopɔn asan me hama na wabrɛ me ase nti, wɔn nso atow ahohyɛso akyene wɔ m’anim. Me nifa so na ahuhufo no asɔre, wosum me nan, na wɔdan wɔn sɛe akwan ba me so. Wodwiriw me kwan, wɔboa me sɛe, nso obi bi nsianka wɔn. Wɔba sɛ obuba a emu trɛw, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba. Ahuyide adan akyerɛ me so, wɔpam me bakomadi sɛ mframa, na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum. Na afei me kra nan gu me mu, amanehunu nna asuso me mu. Anadwo gurow me nnompe wɔ me mu, na ɛyaw a ɛwe me no nnyae; emu den nko ara nti m’atade asakra, emia me sɛ me kamisaa kɔn. Watow me akyene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔte ne nso. Misu mefrɛ wo, na wunnye me so, migyina hɔ, na wohwɛ me haa. Woadan ayɛ sɛ otirimmɔdenfo ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asi. Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menan huuyɛ mu. Na minim sɛ wode me bɛsan ama owu ne ofi a ateasefo hyia mu no. Nanso so obi nteɛ ne nsa nhwehwɛ ogye odwiriw mu, na sɛ obi reyera a, onsu mfrɛ ɔboafo anaa? So mansu mamma nea ɔwɔ amane mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa? Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba. M’ayamde huru, na ennyae, amanehunu nna ato me. Mabiri tumm menenam, nso emfi awia, mesɔre bagua mu na meteɛm. Madan sare so akraman nua, ne sohoribere adamfo. Me were abiri rewae afi me ho, na ahohuru nti me nnompe ahyew. Na me sanku adan abooboodi, na me bɔtɔwa adan asufo nne. Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun? Na anka dɛn ne Onyankopɔn kyɛfa a efi soro, ne Otumfo agyapade a efi sorɔnsorɔnmmea? So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade, na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa? So ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan, na ɔkan m’anammɔntutu nyinaa? Sɛ midii ahuhude akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a, ɔnkari me nseniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhu me mudi no. Sɛ me nan man fii ɔkwan no so, na me koma dii m’aniwa akyi, na nkekae wɔ me nsam a, ɛnne wɔmma minnua na obi nni, na wontutu me nnɔbae ngu. Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho, na metɛw me yɔnko pon ano a, ɛnne ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom no so, na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ. Na ɛno ne ogya a ɛhyew kɔ ɔyera amoa mu, na anka ebetutu me nnɔbae nyinaa. Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee bere a wɔne me wɔ ɔham bi a, ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no? So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam? Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu, na me nkutoo madi me m'aduan, na ayisaa anni mu bi a, mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya, na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan, sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera, na nkataho bi nni ohiani nsam, na sɛ n’asen mu anhyira me, na wamfa me nguammaa nwi anhyɛ ne ho hyew, na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a, ɛnne me mmati nhuan mfi ne dompe so, na me nsa mmubu mfi ne dompe so. Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee. Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no, na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree, na sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsram nam ne haran mu, na ɛdaadaa me koma kokoam, na m’ano few me nsa ho de mae a, na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi. Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho san me sɛ bɔne ato no a, nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome mɛhwehwɛ ne wu, ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no? Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ akwantufo, sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom, efisɛ misuroo nkurɔfo dodow na abusuafo ahohorabɔ yii me hu, na ɛma meyɛɛ komm, mamfi me pon ano mamfi adi a — O, sɛ anka merenya obi a obetie me ɛ! (Hwɛ, m’agyirae ni! Otumfo mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no bɛkyerɛw asɛm a ɔne me wɔ no ɛ! Anka ampa ara mede mɛto me mmati, mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri, anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow, metwiw mabɛn no sɛ ɔhene. Sɛ m’asase teɛm hyɛ me, na n’akofi de nne koro su, na sɛ midii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdede hweree ne kra a, ɛnne ma nsɔe mmesi awi ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmesi atoko ananmu. Hiob nsɛm no asi. Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, efisɛ ɔyɛ n’ani so treneeni. Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ofi Ram abusua mu bo fuwii Hiob, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn. Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ. Na Elihu twɛn maa Hiob ne ne mfɛfo no kasae ansa, efisɛ wɔsen no panyin. Na Elihu hui sɛ mmuae bi nni mmarima baasa no anom bio no, ne bo fuwii. Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buae sɛ: Me de, meyɛ abofra, na mo de, moyɛ nkwakoraa, enti na metɔɔ me bo ase, na misuroe sɛ mɛka nea minim makyerɛ mo. Mekae sɛ: Wɔmma onyinkyɛ nkasa, Yiw na mfe dodow nkyerɛ nyansa. Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdesani mu ne Otumfo ahome na ɛma no nhumu. Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu. Enti na mise: Muntie me; me nso mɛkyerɛ nea minim. Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm. Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obi nni mo mu a ɔkaa nea ɛtɔ Hiob asom, na otumi buaa ne nsɛm no. Na monnka sɛ: Yɛahu nyansa; Onyankopɔn na ɔmmɔ no ngu, na ɛnyɛ onipa. Efisɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no mimmua no. Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anom nsɛm nso asa. Na sɛ wɔnkasa bio, na wogyina hɔ, na wommua bio nti, mentwɛn anaa? Me nso mebua me fam de, me nso, mɛkyerɛ nea minim. Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me. Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wontuu ano, sɛ nsa kotoku foforo a ɛrepɛ apae. Mɛkasa, na manya ahomeye; mebue m’ano, na mabua. Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa, na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfo afa me akɔ. Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ! Na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkrɛma rekasa me dodom. Me komam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa. Sɛ wubetumi a, yi ano kyerɛ me; Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina. Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii. Hwɛ, me ho hu rentu wo koma, na me nhyɛso renyɛ wo so duru. Ampa, woaka m’asom, na mate wo nsɛm sɛ wuse: Me de, me ho tew, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumɔyɛ bi nni me ho. Hwɛ, ohu ntɔkwaw nsɛm wɔ me ho, obu me sɛ ne tamfo. Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu, ɔkari m’akwan nyinaa. Hwɛ, eyi mu na wonteɛ, merebua wo; na Onyankopɔn so sen ɔdesani. Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ommua ne nsɛm nyinaa ho? Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne ne mprenu so, nanso onipa nnwen ho. Ɔdae mu, anadwo adehu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa so mu, nnae so nkotɔ mu, emu na obue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn nteɛso ano, sɛ ɔbɛsan onipa afi ne nneyɛe ho, na wayi ahantan ahintaw ɔdesani, na watwe ne kra afi amoa mu, ne ne nkwa nso, na antɔ afoa ano. Na wɔde ɛyaw twe n’aso ne nnae so, ne ne nnompe mu daa aperedi. Na ne nkwa ma aduan fono no, na ne kra po akɔnnɔduan. Ne honam afɔn ma ɛyɛ huna, na ne nnompe a anka wonhu po ada adi. Na ne kra bɛn ɔsɛe Amena, na ne nkwa nso bɛn akumfo. Sɛ ɔbɔfo dimafo wɔ hɔ ma no, apem no mu biako, sɛ ɔrekyerɛ onipa nea ɛteɛ ma no a, ɛno na ohu no mmɔbɔ ka sɛ: Kogye no, na wankɔ ɔsɛe Amena no mu, na manya agyede, a, ɛnne ne honam yɛ bɛtɛɛ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu. Ɔkotɔ Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ohu n’anim anigye mu, na ɔdan ɔdesani trenee ma no, na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me. Wagye me kra na ankɔ ɔsɛe Amena mu, na me nkwa rehu hann yi. Hwɛ, eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho, sɛ ɔbɛsan ne kra afi ɔsɛe Amena ho, na wanya hann, nkwa hann no mu. Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ komm, na menkasa. Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdi bɛyɛ me fɛ. Sɛ ɛnte saa a, ɛnne tie me ara, yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa. Na Elihu toaa so sɛ: Anyansafo, muntie me nsɛm, na mo, animdefo, monyɛ aso mma me. Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduan hwɛ. Yɛbɛsɔ atemmu ahwɛ afa, na yɛahu nea eye yɛn ntam. Na Hiob aka sɛ: Meteɛ, nanso Onyankopɔn amfa me bem amma me. Me bem mu ara na wobu me torofo, m’agyan kuru mu ayɛ den, nanso mmarato bi nni me mu. Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom mmusubɔ sɛ nsu, na ɔhyɛn amumɔyɛfo ayɔnkofa mu, na ɔne nnipa abɔnefo nantew? Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfaso mma onipa sɛ ɔne Nyankopɔn bɔ. Enti mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm, na mmom, onipa nneyɛe so ka na otua no, na sɛ obi kwan te no, saa na ɔma ɛto no. Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfo nkyea atemmu. Hena na ɔde asase hyɛɛ ne nsa, na hena na osiesiee wiase nyinaa? Sɛ ɔka sɛ ogye n’ahome fa, na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a, anka ɔhonam nyinaa begyaa mu prɛko, na onipa bɛsan akɔ dɔte mu. Na sɛ wowɔ nhumu a, tie eyi, yɛ aso ma me nsɛm. So nea okyi atɛntrenee benya aman so adi? Anaasɛ wubebu ɔtreneeni tumfo no fɔ? Nea ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni! Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefo! Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa. Mpofirim na wowu, na adasu mu na aman hinhim na wɔsen kɔ, na wɔpra abirempɔn kɔ, nso ɛmfa onipa nsa so. Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ohu n’akwan nyinaa. Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumɔyɛfo de wɔn ho ahintaw hɔ. Na enhia sɛ ɔhwɛ onipa ma ɛkyɛ ansa na wakɔ Onyankopɔn nkyɛn, atemmu mu. Obubu abirempɔn na ɔnhwehwɛ mu, na ɔde afoforo si wɔn ananmu. Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛe, obutuw wɔn anadwo ma wɔdwerɛw wɔn. Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefo, ma nnipa nyinaa hu. Efisɛ wɔman fii n’akyi kɔe, na wɔannwen n’akwan no biara ho, sɛ wɔbɛma mmɔboroni sufrɛ adu ne nkyɛn, na wate amanehunufo sufrɛ. Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ, na onipa kɔnkɔnsani anni hene, na wɔansum ɔman afiri. Na so obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahu amane, merenyɛ amumɔyɛ bio, nea minnya minhui, wo na kyerɛ me, sɛ madi amumɔyɛsɛm a, merenni bio? Na worepo ne nneyɛe yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛnea wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ wopaw, na ɛnyɛ me, na nea wunim no, ka ɛ! Nnipa a wɔwɔ ti bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafo betie ama me, Hiob de, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa, na ne nsɛm mu nni nhumu. Sɛ anka ɔbɛsɔ Hiob ahwɛ akosi awiei ɛ, efisɛ ne mmuae te sɛ amumɔyɛfo mmuae. Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho, yɛn mu po ɔbɔ ne nsam, na ɔma ne nsɛm a ɔde ne Onyankopɔn di asi no dɔɔso. Na Elihu kɔɔ so ara kae sɛ: So wubu sɛ ɛteɛ, anaa woka sɛ: Me trenee sen Onyankopɔn de, sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfaso bɛn? Na mfaso bɛn na menya asen sɛ anka meyɛɛ bɔne? Me de, mede nsɛm mebua wo ne wo mfɛfo a wɔka wo ho no. Hwɛ ɔsoro, na hu, na hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no. Sɛ woyɛ bɔne a, dɛn na wode yɛ no, na sɛ wo mmarato dɔɔso a, dɛn na woyɛ no? Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no, anaasɛ wo nsam dɛn na ogye? Onipa a ɔte sɛ wo na w’abɔnefosɛm pira no, na wo trenee bɛma wanya mfaso. Nhyɛso bebrebe nti na ɛma wɔteɛm, wosu frɛ ɔboafo, nnipa akɛse nsa ase. Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfo no wɔ? Nea ɔma nnwom anadwo, nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sen asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sen ɔsoro nnomaa no. Ɛhɔ na wɔteɛm, na ommua, abɔnefo ahantan nti. Ampa ara, Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfo remmu. Na menne sɛ wuse: Wunhu no de, nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara. Na afei esiane sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuw mu, na onni amumɔyɛ akyi pii nti, Hiob bue n’ano kwa, na nimdeɛ a onni mu, ɔma nsɛm dɔɔso. Na Elihu kɔɔ so sɛ: Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn. Mɛfa me nimdeɛ afi akyirikyiri, na mede me yɛfo no bem mama no. Na ampa, me nsɛm nyɛ atoro! Nea odi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi. Hwɛ, Onyankopɔn yɛ kɛse, na ommu obi animtiaa, ɔyɛ ɔkɛse ntease tumi mu. Ɔmma ɔbɔnefo nnya nkwa, na ɔde amanehunufo bem ma wɔn. Onyi n’ani mfi ɔtreneeni so, na ɔma wɔne ahene tena agua so daa, na wɔma wɔn so. Na sɛ wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde amane nhama akyere wɔn a, ɛnna ɔka wɔn nneyɛe kyerɛ wɔn, ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho so, na obue wɔn aso ma nteɛso, na ɔka sɛ wɔnsan mfi abusude ho. Sɛ wotie na wɔsom no a, wowie wɔn nna di yiyedi mu, ne wɔn mfe nso, nea ɛyɛ wɔn dɛ mu. Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dade ano, na wogyaa mu, nimdeɛ a abɔ wɔn no mu. Na koma mu ansuronyamefo kora abufuw, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkotɔ nsrɛ. Wɔn kra wu mmerantebere mu, na wɔn nkwa sɛe sɛ nguamanfo de no. Oyi ɔmanehunufo n’amane mu, na obue wɔn aso ahoguan no mu. Anka obegye wo nso afi ahohia mu akɔ nea ɛhɔ trɛw a ahokyere nni hɔ, na srade ayɛ wo pon so aduan ma. Nanso ɔbɔnefo atemmu ayɛ wo ma, atemmu ne atɛntrenee aso wo mu. Na mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu, na mma agyede no dodow nnhima w’ani. So w’ahonyade anaa wo tumi ahoɔdenne nyinaa de wo besi nea ahohia nni hɔ anaa? Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra aman mfi wɔn afa. Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so, efisɛ wopɛ ɛno mmom sen amanehunu. Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛse, hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno? Hena na ɔhyɛɛ no sɛnea ɔnyɛ n’ade mfa, na hena na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne? Kae sɛnea wobɛkamfo ne nneyɛe a adasamma ato ho dwom no. Nnipa nyinaa hwɛ ara; ɔdesani fi akyirikyiri hwɛ. Hwɛ, Onyankopɔn so, na yennim no, ne mfe dodow nso mu nni hwehwɛbea. Ɔno na ɔtwe nsu atɔwatɔw, a ɛsosɔ ne mununkum mu su, a efi mununkum mu tɔ gu fam, ɛtɔ pii gu nnipa so. So obi betumi ate omununkum mu trɛw ne ne ntamadan mu kurududuyɛ no ase anaa? Hwɛ, ɔtrɛw ne hann mu wɔ no so, na ɔkata po ntini so. Na ɛno na ɔde di aman asɛm, ɔde aduan bebree nso ma. Ɔde hann katakata ne nsa ho, na ɔhyɛ ma ekosi botae bi mu, Ne mmobom ka ne ho asɛm, mmoakuw po ka asɛm fa ahum a ɛreba no ho. Yiw, eyi ho na me koma tutu, na ɛpopo fi n’afa. Otie na muntie ne nne huuyɛ, ne mmobom a efi n’anom no. Ogyaa mu ɔsoro nyinaa ase, na n’anyinam kodu asase anoano. Ɔprannaa bobom di akyiri, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, onsianka wɔn. Onyankopɔn de ne prannaa bobom ma ɛyɛ nwonwa, ɔyɛ ade akɛse a yenhu mu, na ɔka kyerɛ sukyerɛma sɛ: Tɔ gu asase so! Ne osukɛse nso saa ara sɛ: Tue! Ne n’ahoɔden su akɛse no. Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhu de. Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu, na wɔtenatena wɔn tenabea. Ahum fi mpiakyiri hɔ ba, na awɔw nso fi atifi fam. Onyankopɔn home na ɛma nsu nkyenkyenee, na ɛma nsu a ɛtrɛw nso kyenkyen. Nsu ara nko na ɔde soa omununkum, ɔtrɛw ne hann mununkum no mu. Na ɔma edi kyinhyia sɛ n’akwankyerɛ te, sɛ ɛnkɔyɛ nea ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani; Sɛ ɛyɛ nteɛso nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ adɔe so oo, ɔma ɛba ara. Hiob, yɛ aso wɔ eyi ho, gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho. So wunim bere a Onyankopɔn susuw ho, na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn? So wunim omununkum nkarii, nimdeɛ mu mudifo no anwonwade no? Sɛnea wo ntade mu yɛ hyew, bere a anafo mframa ma asase yɛ dinn no? So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ? Ma yenhu nea yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhu nea yɛnka. So wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa? Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no? Na afei wonhu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewim tɔnn, na mframa twam a, ɛma wim hɔ tew. Atifi fam asase so na sika fi ba, Onyankopɔn ho na anuonyam a ɛyɛ hu wɔ. Otumfo de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso. Enti nnipa suro no, ommu komam nyansafo biara. Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ: Hena ne nea obiri afotu ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me. Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ! Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa? Anaasɛ hena na ɔsaa so hama? Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii, anaa hena na ɔde ne tweati bo toe, bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no? Na hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu, bere a efii asase yam puei, na mede omununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’abomu hann, na mitwaa no so hye, na misisii adaban ne apon, na mekae sɛ: Ɛha yi na bra bedu, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛso no? So efi wo nna mfiase woahyɛ bere ama anɔpa pɛn? So woakyerɛ adekyee nso ne dibere, sɛ enso asase mmuano mu, na wɔmporoporow abɔnefo mfi so, sɛ ɛnsakra sɛ dɔte nsɔano ase, na ɛnyɛ sɛ atade a wɔahyɛ no aduru, na wɔde abɔnefo hann akame wɔn, na nsa a wɔama so no, wɔabu mu? So woakɔ po aniwa ho, na woanantew bun donkudonku ase? So wɔayi owu aponkɛse adi akyerɛ wo, anaasɛ woahu esum kabii abobow no? Woahu asase trɛw mu anaa? Sɛ wunim ne nyinaa a, ka ɛ! Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he? Na wode akɔ ne hye so, na woahu ne fi akwan no? Yiw wunim, efisɛ saa bere no na wɔwoo wo, na woadi nna bebree. So woakɔ sukyerɛma korabea, anaa woahu amparuwbo akorae no, ade a makora masie ahohia bere ne ɔko ne dɔmdi da no? Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ, ne nea apuei mframa fa so bɔ asase so no wɔ? Hena na oyiyi aka ma osu, ne ɔkwan ma aprannaa asraman no, sɛ ɔbɛma osu atɔ asase a obi nni hɔ so, ne anwea pradada a onipa bi nni so so, na wama amamfo ne asase hunu amee, na wama wura a efuw no afefɛw? So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ? Hena yam na nsu nkyenkyenee fi, na ɔsoro bosu a akyenkyen no, hena na ɔwoe? Nsu kyenkyen sɛ ɔbo, na ebun donkudonku ani pam. So wubetumi akyekyere Akokɔtan-ne-ne-mma hama, anaasɛ wubetumi asan Nyɛnkrɛnte nhama mu? So wubetumi ayi owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne bere mu, anaa wubetumi akyerɛ sisi nsoromma ne ne mma kwan? So wunim ɔsoro nhyehyɛe anaa wubetumi ahyehyɛ sɛnea enni asase so mfa? So woma wo nne so kɔ amununkum mu sɛ nsu pii mmɛkata wo ho anaa? So wubetumi asoma anyinam ma akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn ni! Anaa? Hena na ɔde nyansa siee ayamde mu, anaasɛ hena na ɔde nhumu maa adwene? Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum, na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan no ma mfutuma twe kɔhɔre siw, na dɔte bɔ atɔwatɔw? So wo na woyɛ ha ma gyatabere nya nam, anaa woma agyataforo mee, ɛbere a wobutubutuw wɔn atu mu, na wɔtete adɔtɔ mu retɛw no? Hena na osiesie aduan ma anene, ɛbere a ne mma su frɛ Onyankopɔn, wokyini na wonni aduan no? So wunim abotan so mmirekyi awo bere, na aforote awoko nso, wowɛn? Wokan asram a wɔn afuru de nyin, na wunim bere a wɔde wo anaa? Wɔkotow wowo wɔn mma, wɔtow wɔn awoyaw kyene, wɔn mma ho kokwaw, wonyin wuram, wofi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn. Hena na ogyaa sare so afurum sɛ ɔnne ne ho, na afurum kakatefo nhama, hena na ɔsan? Nea mede sare pradada mayɛ ne fi, na mede nkyene asase mayɛ ne tenabea. Ommu kurow mu gyegyeegyeyɛ, ɔnte ɔkafo ateɛteɛ. Nea onya mmepɔw so no ne n’aduan, na ɔpɛ ade biara a ɛyɛ frɔmfrɔm. So okoo bɛpene sɛ ɔsom wo, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho? So wode hama bɛsa okoo, mfɛtɛwee ka ho, anaasɛ ɔbɛtwe abon mu mfɛtɛwee so adi w’akyi? So n’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto no so, na woagyaw w’adwuma ama no anaa? So wubegye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba wo san so? Sohori bɔ ne ntaban mu ahurusidi mu, ɛyɛ asukɔnkɔn ntakra ne ne ntakra anaa? Mmom ogyaw ne nkesua ma asase, na mfutuma so na ɔma ɛho dɔ, na ne werɛ fi sɛ ɛnan bɛpɛtɛw, anaasɛ wuram mmoadoma bɛbobɔ. Ɔbɔ ne mma atirimmɔden sɛnea wɔnyɛ ne de, ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso onsuro, efisɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no, na wankyɛ no nhumu. Na sɛ ɔyere ne ho tu a, ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo. So wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn? So wo na woma ohuruw sɛ mmoadabi? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu. Ɔtwerɛtwerɛw obon mu, na odi n’ahoɔden ho ahurusi, ofi kohyia akofofo a wɔamia. Ɔserew ehu, na ne ho mpopo, na ɔnsan mfi afoa anim. Agyan boha wosow no so, peaw ne pɛmɛ a etwa nyinamnyinam nso. Ɔde anibere ne abufuw twerɛtwerɛw asase, na torobɛnto hyɛn a, onnyina bio. Torobɛnto hyɛn a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hua wɔ akyirkyiri, asafohene nteɛm ne osebɔ no. So wo nhumu so na ɔsansa nam tu? Ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anafo asase. Anaasɛ w’anom asɛm so na ɔkɔre ma ne ho so, na ɔyɛ ne berebuw nea ɛkorɔn? Ɔbotan mu na ɔte na ɔda, ɔbotan ano hwirenhwiren ne ahwɛe sorɔnsorɔn so, ɛhɔ na ofi hwehwɛ aduan, n’aniwa hwɛ ade akyirikyiri. Na ne mma few mogya, na nea atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ. Na AWURADE buaa Hiob sɛ: So ɔtɛnyifo bi ne Otumfo no bɛham anaa? Nea ɔne Nyankopɔn gye akyinnye no, ommua ɛ! Na Hiob gyee AWURADE so sɛ: Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo? Me nsa na mede meto m’ano. Makasa pɛnkoro, na merentia so, ne mprenu, na merenkɔ so bio. Ɛnna AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ: Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ, mebisa wo, na woakyerɛ me. So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem? Na so wowɔ nsa sɛ Onyankopɔn de, na wubetumi de nne a ɛte sɛ ne de abom? Ɛnne fa tumidi ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fura ɔhyerɛn ne anuonyam, hwie w’abufuw mmoroso no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase. Hwɛ ahantanfo nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefo so wɔn tenabea hɔ. Fa wɔn nyinaa sie dɔte mu, na ma wɔn anim ntintim ahintawee mu, ɛnne na me nso mɛkamfo wo sɛ w’ankasa wo nifa na agye wo. Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, wura na odi sɛ nantwi. Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asen mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu. Ɔkoa ne dua sɛ kyeneduru, ne srɛ mu nhama nso toatoa mu. Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn, ne nkasae te sɛ adaban. Ɔno ne Onyankopɔn akwan mfiase na ne yɛfo no nkutoo na otumi de afoa ka no. Na mmepɔw ba aduan ma no, na wuram mmoadoma nyinaa goru hɔnom. Nsɔe nnua ase na ɔda, demmire ne ɔwora ahintawee mu. Nsɔe nnua nwini kata no so, asukɔn so nnua twa ne ho hyia. Hwɛ, asu ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano po a, ne bo da ne yam ara. So wobetumi akyere no anikan, na wɔde afiri ahwirew ne hwenem? So wubetumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano, na wode hama akyere ne tɛkrɛma anaa? So wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode akɔtɔkoro ahwirew n’afono mu? So ɔbɛkotɔ asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo? So ɔne wo bɛpam apam, sɛ fa no yɛ akoa daa? So wo ne no begoru sɛ anomaa, na woasa no ahama ama wo mmabaa anaa? So apofofo asafo besi no koso, na wɔakyɛ no mu aguadifo mu? So wode mpeaw bɛhyɛ ne were mu ma, na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim? Wode fa wo nsa ka no, hwɛ ɛ, na nea wobehu, worenyɛ no saa bio! Hwɛ, onipa anidaso yɛ ohunu, so ɛnyɛ ne hwɛ po na ɛma obi hwe ase? Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hena ne nea obetumi agyina n’anim? Hena na wadi kan ama me biribi na menhyɛ no ananmu? Nea ɛwɔ ɔsoro nyinaa ase, me na ɛwɔ me. Merennyae ne honam ade, ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka. Hena na obeyi ne ho abon? Ne se kyerɛpɛn abien no, hena na ɔbɛkɔ anim? N’anim apon nso, hena na obehiɛ? Ne se ho yɛ hu. N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ, wɔatotom sɛ ade a wɔasɔ ano. Ɛpempem so pɛpɛɛpɛ, a mframa nnya mu kwan; ɛfomfam wɔn ho, edi nsusom na emu nni atewye. Ne nwansi ma hann hyerɛn, na n’aniwa te sɛ adekyee anisuatɛtɛw. Agyatɛn fi n’anom, ogya nturuturuwii fifi mu. Owusiw fi ne hwene mu tokuru mu, sɛ ɔsɛn a emu rehuru ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyew mu. N’ahome sɔ nsramma, na ogyaframa fi n’anom. Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ, na akomatu saw wɔ n’anim. Ne honam a ɛsensɛn hɔ fomfam ho pintinn, wogui wɔ ne ho, na entwiw. Ne koma yɛ den sɛ ɔbo, ɛyɛ den sɛ owiyammo. Sɛ ɔma ne ho so a, atumfo ho popo, na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra. Wɔde nkrante ka no a, ɛnka, peaw ne pɛmɛ a wɔtow ne dade akode po; obu dade sɛ ntɛtɛwa, ne kɔbere sɛ duwui; bɛmma nka no ngu, ataabo mu abo yɛ no sɛ nkyɛnkyɛma; obu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛma, na ɔserew peaw a wɔtow huuyɛ. N’ase yɛ abon hwetahweta, obua atɛkyɛ so sɛ porow ade. Ɔma ebun mu huru sɛ ɔsɛn mu, ɔyɛ po sɛ srade. Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wobu ebun a ehuru no sɛ dwen. Ne sɛso nni asase so; wɔyɛɛ no sɛ onsuro hwee; ɔhwɛ ade a ɛkorɔn nyinaa; ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene. Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ: Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan. Hena ne nea onni nimdeɛ, na ɔfono afotu ani yi? Enti na mekaa nea mente ase, anwonwade a ɛsen me a minnim. Tie ɛ, na menkasa. Mebisa wo, na woakyerɛ me. Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo. Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu. Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛnea m’akoa Hiob ayɛ no. Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob. Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ. Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no. Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmea nyinaa ne wɔn a wonim no kan nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi, na wogyam no, na wɔkyekyee ne werɛ, amane a AWURADE ma ɛbaa no so nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbona biako ne sika kaa biako. Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem. Na onyaa mmammarima baasɔn ne mmammea baasa. Na ɔtoo ɔbea a odi kan no din Yemima, na nea odi so no de Kesia, na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-hapuk. Na wɔanhu mmea ahoɔfɛfo sɛ Hiob mmammea no asase no nyinaa so; na wɔn agya momaa wɔn agyapade wɔn nuanom mu. Na eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan, na ohuu ne mma ne ne mma mma awo ntoatoaso anan. Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara. Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea, na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye. Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu. Enti abɔnefo renni bem atemmu mu, na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu. Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera. Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu yi? Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ, Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn hama mfi yɛn ho ngu. Nea ɔte soro no serew, AWURADE di wɔn ho fɛw. Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ; Me AWURADE na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so. Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo. Bisa me na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano noho adi so. Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina. Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. Monsom AWURADE, osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa. AWURADE, hwɛ sɛnea m’ahohiahiafo si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no yɛ pii. Nnipa bebree se me sɛ: Onni nkwagye Onyankopɔn mu. Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’anuonyam ne me werɛkyekyefo. Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Mekɔdae na medae; manyan, na Awurade kura me mu. Minsuro nkurɔfo mpempem a wɔabɔ me so nsraban ahyia yi. O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se. Na AWURADE na nkwagye wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra. Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn! Ahohia mu, boa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ. Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Na munhu sɛ AWURADE apaw ahotefo afa; sɛ misu mefrɛ AWURADE a, obetie. Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. Mommɔ trenee afɔre, na momfa mo ho ntweri AWURADE. Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa? AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so. Wode anigye ahyɛ me komam asen bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no. Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, AWURADE, nko na woma metena hɔ dwoodwoo. AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, hwɛ m’apinisi a mikuram. Tie me nteɛm, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpae. AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na mesiesie mama wo, na mɛhwɛ wo kwan. Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentena. Ahantanfo rennyina w’anim, wotan amumɔyɛfo nyinaa. Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo. Na me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi. Na wo ho suro mu na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow. AWURADE, fa wo trenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛw me nti, teɛ wo kwan wɔ m’anim. Na wɔn anom nni nokwasɛm bi, ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma, wɔn menewa yɛ ɔda a abue, na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ. Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfi wɔn agyinatu ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, efisɛ wɔasɔre atia wo. Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho. Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm. AWURADE, mfa w’abufuw nka m’anim, na mfa w’abufuhyew ntwe m’aso. AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw, na me kra ho nso adwiriw no sɛ: Na wo, AWURADE, enkosi da bɛn? San bra, AWURADE, begye me kra, gye me nkwa, w’adɔe nti. Na wo ho nkae nni owu mu. Hena na obeyi wo ayɛ wɔ Asamando? M’apinisi ama mabrɛ, anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae. Awerɛhow ama m’ani ayɛ siamoo, ɛso ayɛ wusiwusi, m’ahohiahiafo nyinaa nti. Mo amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so mfi! Na AWURADE ate me su. AWURADE ate me nkotɔsrɛ, AWURADE begye me mpaebɔ so. M’atamfo nyinaa ani bewu, na wɔn ho adwiriw wɔn sɛ, na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi. AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo. Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me! Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ. AWURADE, me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi, na amumɔyɛde bi wɔ me nsam, sɛ mayɛ nea ɔne me te asomdwoe mu bɔne, na madi nea ɔhaw me kwa no amim bi a, ma ɔtamfo ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ontiatia me nkwa so wɔ ɛfam, na ɔmma m’anuonyam nyɛ fam. AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu. Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia, na san fi wɔn so kɔ soro. AWURADE bebu aman atɛn; AWURADE di m'asɛm sɛnea me trenee ne bem a ɛwɔ me mu te. Ao, ma ɔbɔnefo bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone trenee Nyankopɔn a wosɔ koma ne adwene hwɛ. Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam, ɔno na ogye koma mu treneeni nkwa. Onyankopɔn ne ɔtemmufo trenee, ne Onyankopɔn a ɔteɛteɛ daa nyinaa. Sɛ obi annan n’akwan a Onyankopɔn bɛsew n’afoa, wakuntun ne tadua mu, na wasiesie. Na wasiesie owu ade ama onii ko no, wayɛ n’agyan ma no hyew ade. Hwɛ, omumɔyɛfo nyinsɛn amumɔyɛ, na ɔnyem ɔhaw, na ɔwo atoro. Watu amoa, na wafunu mu, na ɔtɔ tokuru a ɔno ara tui no mu. Ne mmusu resan abua n’atifi, na n’amim abua ne mpampam. Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din. Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro, wo a w’anuonyam pue mmofra ne nkokoaa anom wo a woasiesie abankɛse, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfo ne werefo ano. Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsatea ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho! Na woama aka no kakra na wasɛ Onyame, wode anuonyam ne nidi na abɔ no abotiri. Woama wadi wo nsa ano nnwuma so, wode nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase: Yiw nguan ne anantwi nyinaa ne wuram mmoa nso, wim nnomaa ne po mu mpataa, mmoa a ɛnam po mu akwan so. Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Mede me koma nyinaa bɛda AWURADE ase, AWURADE, mɛka w’anwonwade nyinaa akyerɛ. Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom. Efisɛ m’atamfo asan wɔn akyi, wɔatotɔ, na wɔayera w’anim. Woatena atemmu agua so abu atɛntrenee, woadi m'asɛm abu me bem. Woateɛteɛ amanaman, woasɛe abɔnefo, woapopa wɔn din korakorakora. Atamfo awie sa, wɔadan daa amamfo, na wɔn nkurow ase ahyew, wɔn nkae ayera. Na AWURADE de, ɔte n’ahengua so daa, ɔde n’agua asi hɔ rebu atɛn. Ɔno na obebu wiase atɛntrenee mu, na wadi aman asɛntrenee mu. AWURADE bɛyɛ guankɔbea ama nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guankɔbea. Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE. Monto ayeyi dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛe nkyerɛ, aman mu, sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm. AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobow ano, na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu. Amanaman amemem amoa a wotui no mu, afiri a wosum hintawee no ayi wɔn ankasa. AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefo nsam nneyɛe atoatoa no. Abɔnefo bɛsan akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afi Nyankopɔn nyinaa. Na ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborohununi anidaso bɛyera. AWURADE, sɔre, mma ɔdesani nnni nim, ma wommu amanaman atɛn, w’anim. AWURADE, yi wɔn hu, na amanaman nhu sɛ wɔyɛ adasamma. AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu? Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn. Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii. Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no. N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee. Ose ne komam sɛ: Merenhim da, daa nyinaa merenhyia amane biara da. Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase. Ɔtetew nkuraa hintabea, odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, n'ani sa awiɛmfo. Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu. Ɔkotow, 'ɔdɛɛdɛɛ, na awiɛmfo akɔka ne nsa. Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da. Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo. Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii ka ne komam sɛ: Worentwe n’aso. Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara. Bubu abɔnefo basa, na di obusuyɛfo bɔne akyi kosi sɛ worenhu bio. AWURADE ne hene daa daa, amanaman bɛyera afi n’asase so. AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm, na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio. AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so. Na hwɛ, abɔnefo kuntun wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi hama so, sɛ wɔde bɛtow abɔ komam teefo, esum mu. Sɛ wɔsɛe nnyinaso no a, ɔtreneeni bɛyɛ dɛn? AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ. AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no. Ɔbɛma nyansrama aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw na ɛbɛyɛ wɔn kuruwa mu kyɛfa. Na AWURADE yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee, wɔn a wɔteɛ behu n’anim. O! AWURADE, boa, na ahotefo rewie sa, na anokwafo ase rehyew, nnipa mma mu. Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa. Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse, wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so? Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa. AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron te sɛ dwetɛ a wɔanan no fononoo wɔ fam a wɔayiyi mu mpɛn ason. Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so, na kora yɛn fi nnɛ mma yi mu daa. Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefo abu so nennamee. Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn? Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn? Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna, na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi. Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi, mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yiye. Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa. AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ. Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE? Ɛno na wɔn ho bɛpopo, kɛse pa ara efisɛ Onyankopɔn ka awo ntoatoaso a wɔyɛ atreneefo no ho. Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea. Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba? Da a AWURADE de ne man nnommum bɛsan aba no, Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye. O! AWURADE, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware. Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora. N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra. Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da. Onyankopɔn, fa me sie, na wo na miguan metoa wo. Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, minni papa biara nka wo ho. Na akronkronfo a wɔwɔ asase so no, wɔne anuonyamfo a wɔsɔ m’ani koraa. Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔma wɔn yaw dɔɔso. Merenhwie wɔn mogya ahwiesa no bi, na meremfa m’ano memmɔ wɔn din. AWURADE ne m’agyapade ne me kuruwa mu kyɛfa, wo na woma me nkrabea mu trɛw. Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ. Mekamfo AWURADE a otu me fo, anadwo me koma kyerɛkyerɛ me tu me fo. Mede AWURADE masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim. Enti me koma tɔ me yam, na me kra di ahurusi, nso me honam bɛtena hɔ dwoodwoo. Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee. Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, a anika a ɛmee wɔ w’anim, na anigyede wɔ wo nifa hɔ daa. AWURADE, tie asɛntrenee, wɛn w’aso ma me nkɔmmɔ, yɛ aso ma me mpaebɔ a emfi nnaadaa anofafa mu. Ma me bembu mfi w’anim mmra, ma w’aniwa nhwɛ ade a ɛteɛ. Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano. Nnipa nneyɛe fam, w’anom asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfo akwan ho. W’anammɔn no ara so na me kwan nam, m’anan anwatiri. O! Onyame, Misu mefrɛ wo na wubegye me so, Yɛ aso ma me, tie me nsɛm. Fa anwonwa kwan so yi wo dɔ mmapa no adi kyerɛ, wo a wugye wɔn a wɔhwehwɛ guankɔbea, fi wɔn atamfo nsam. Hwɛ me so sɛ aniwa kurutiayisi, fa me hintaw wo ntaban nwini ase, abɔnefo a wɔfom me fa, m’atamfo atirimɔdenfo a wotwa me ho hyia no nti. Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa. Wɔtetɛw me, pɛ me asehwe na afei wotwa me ho hyia, wɔde wɔn ani akari me, pɛ sɛ mehwe ase. Wɔte sɛ gyata a ɔredɛɛdɛɛ apɛ nea obenya no akyere te sɛ gyata ba a ɔtɛw kokoam. O! AWURADE, sɔre besianka wɔn, brɛ wɔn ase, fa w’afoa gye me kra fi ɔbɔnefo nsam. AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma. Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo. Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo. AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen. Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ, na wɔagye me m’atamfo nsam. Owu nhama bobaree me ho, na ɔsɛe bɛtoo me sɛ osuhweam Asamando nhama twaa me ho kɔntɔnkrɔn, owu afiri behyiaa me. M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE, Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefi, na me su a misui n’anim no koduu n’asom. Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, na mmepɔw nnyinaso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru. Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya a ɛhyew ade fii n’anom, nyansrama fii ne mu dɛwee. Na okuntun ɔsoro mu, na osii fam, na sum kabii wɔ ne nan ase. Na ɔtenaa Kerub so tui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛso. Ɔde sum kataa ne ho hyiae, n'asasewa yɛ osu a amuna kusuu. Hann a edi n’anim no nyansrama fii, ne mununkum no mu bae. Na AWURADE boom ɔsoro, na ɔsorosoroni no ma wɔtee ne nne, amparuwbo ne nnyansramma. Na ɔtotow n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee, ne anyinam de tanee wɔn ani. Ɛnna ɛpo mu mmonka yiyii adi, na wiase nnyinaso ho daa hɔ, efi w’ateɛteɛ, AWURADE, ne wo hwene mu home hahyeehahyee no. Ɔteɛɛ ne nsa fi soro bɛfaa me, ɔtwee me fii nsu pii mu. Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo ne wɔn a wokyi me no nsam, efisɛ wɔsen me ahoɔden. Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me okyitaafo. Na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ mesɔɔ n’ani. AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho si tew no na otuaa me ho ka maa me. Na manantew AWURADE akwan so, na memfaa bɔne kwan bi so minnyaw me Nyankopɔn, na mmom n’atemmude nyinaa wɔ m’ani so, na mimfii n’ahyɛde ho ɛ. Na me ho nni asɛm bi wɔ n’anim, na mehwɛɛ me ho so mifii amumɔyɛ ho. Na AWURADE atua me ka sɛnea me trenee te, sɛ me nsa ho a afi wɔ n’ani so no te. Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwarem, onipa a odi mu na wo ne no bedi no mudi so. Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de, wukyinkyim wo ho kyerɛ no. Na wo na wugye ahobrɛasefo, na wobrɛ ahantanfo ase. Na wo na woma me kanea dɛw, AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu. Na wo na mede wo metow mehyɛ ɛdɔm so, na mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu. Na Onyankopɔn yi de, ne kwan yɛ pɛpɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan toa no nyinaa. Na hena ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko, na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn? Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ m’asen, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɔyɛ m’anan sɛ aforotebere de, na ɔde me gyina me srɔnsrɔnmmea so. Ɔkyerɛ me nsa akodi, na ɔma me basa kuntun kɔbere tadua mu. Na woama me wo nkwagye kyɛm, na wo nsa nifa soo me mu, na wo mmoa maa meyɛɛ kɛse. Wotrɛw m’anammɔn mu m’ase, na m’anan anwatiri. Mitiw m’atamfo, na metoo wɔn, na mansan de kosii sɛ miwiee wɔn kum. Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔtotɔe me nan ase. Na wode ahoɔden bɔɔ m'asen maa akodi, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase, na womaa m’atamfo dan wɔn akyi kyerɛɛ me, na wɔn a wokyi me no, mesɛee wɔn. Wosu frɛe, na ogyefo bi nni hɔ, wɔfrɛɛ AWURADE, nanso wammua wɔn. Na mepɛtɛw wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturu, mframa anim, mesesaw wɔn migui sɛ mmorɔn so dɔte. Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti; ɔman a minnim wɔn na ɛsom me. Aso tee ara pɛ na wotiee me, ananafo brɛɛ wɔn ho ase maa me. Ananafo twintwamee, na wɔde ahopopo fifii wɔn hintabea bae. AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagye Nyankopɔn no, wɔmma no so. Onyankopɔn a odii were maa me, na ɔde aman hyɛɛ m’ase, wagye me afi m’atamfo mu, yiw, woama me so afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu, woagye me awerɛmfo nsam. Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyi nnwom, sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so, na ɔyɛ nea wasra no no adɔe, Dawid ne n’asefo daa. Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi. Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔnte, Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɛde ahosɛpɛw tu mmirika sɛ ɔbran. N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano. AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa. AWURADE ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, AWURADE mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. AWURADE suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. AWURADE atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu. Wɔnam so bɔ w'akoa kɔkɔ, ɛsodi mu wɔ akatua pii. Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa kyɛ me. Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho. Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, AWURADE, me botan ne me gyefo. AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban, omfi kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na omfi Bepɔw Sion mmɛhyɛ wo den. Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu. Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram. Afei mahu sɛ AWURADE boa nea wasra no no, ogye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenne gye no. Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn de, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din. Wɔn de, wobubu duedue so hwehwe ase, na yɛn de, yɛasɔre gyina hɔ kyerebenn. AWURADE, gye ɔhene nkwa. Obetie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu. Ao, AWURADE, ɔhene ani gye w’ahoɔden mu, na wo nkwagye nti hwɛ sɛnea ne ho sɛpɛw no fa. Nea ne koma pɛ na wode ama no, na nea n’ano bisae no, woankame no. Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri. Obisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa. N’anuonyam so wo nkwagye nti, kɛseyɛ ne nidi na wode ama no. Yiw wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigye ama ne ho asɛpɛw no. Efisɛ ɔhene ani da AWURADE so, na nea ɔwɔ sorosoro adɔe nti ɔrenhinhim. Wo nsa nifa bɛka w’atamfo nyinaa, wo nifa benya wɔn a wokyi wo. Wubeyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuw bɛmene wɔn, na ogya ahyew wɔn. Wobɛsɛe wɔn aba afi asase so, ne wɔn asefo afi nnipa mma mu. Sɛ wɔbɔ wo ho pɔw bɔne na wosusuw bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ. Na wobɛma wɔasan wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim. AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde dwonto ne sanku bɛkamfo wo mmaninne. Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware. Me Nyankopɔn, meteɛm mefrɛ wo awia, na wummua me, ne anadwo, nso minnya ɔhome. Na woyɛ kronkron, wote ahengua so, na wo na Israel ayeyi nyinaa wɔ wo. Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toe, wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn. Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo, na wonyaa nkwagye, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu. Na me de, meyɛ aboa,, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohorade ne ɔman akyiwade. Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw tɛɛ wɔn anom wosow wɔn ti ka sɛ: Dan to AWURADE so, ma onnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no. Na wo na wuyii me fii me na yam, mitua me na nufu ano no, na womaa me anidaso. Mifi yafunum ara na wɔde me too wo so, wone me Nyankopɔn fi me na yam. Mma me ne wo ntam nnware, na ahohia abɛn, na ɔboafo bi nni hɔ. Anantwinini bebree atwa me ho ahyia, Basan anantwi akɛse abɔ me ho kɔntɔnkrɔn. Wɔtɛɛ wɔn anom kyerɛ me sɛ gyata a ɔtetew na ɔbobom. Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam. M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre, na me tɛkrɛma afam me dodom, na wode me ato owu mfutuma mu. Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu. Mitumi mekan me nnompe nyinaa, wɔn de, wɔhwɛ me de gye wɔn ani. Wɔkyɛ me ntama mu fa, na m’atade so na wɔbɔ ntonto. Na wo, AWURADE, ntena akyiri. M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me. Hwim me kra fi nkrante ano, m’ade koro no fi akraman nsam. Gye me fi gyata anom, na ɛko mmɛn mu na wutie me. Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu. Mo a musuro AWURADE, munyi no ayɛ. Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam, na Israel asefo nyinaa, momfɛre no. Na wannyaw ɔmanehunufo n’amanem, na wannyi n’anim nhintaw no, na mmom osu frɛɛ no no, otiei. Wo na woma miyi wo ayɛ asafo kɛse mu, mɛma m’aboade, wɔn a wosuro no no anim. Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyi kwan beyi no ayɛ. Mo koma nnya nkwa daa. Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim. Na ahenni wɔ AWURADE, na odi amanaman so. Asase so abran nyinaa bedidi na wɔakotow no, wɔn a wosian kɔ mfutuma mu nyinaa, ne nea anka ne kra nni nkwa no bɛkotow no. Nkyirimma bɛsom no, wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awo ntoatoaso a edidi so mu. Wɔbɛba abɛka ne trenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no, sɛ ɔno na wayɛ. AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti. Sɛ mpo menam owu sum kabii bon mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ. Wotow me pon m’atamfo anim, wode ngo fɔw me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so. Ampa ara yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtena AWURADE fi daa. Asase ne n’ade dodow yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa nso. Na ɔno na ɔhyɛɛ ase, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛse so. Hena na ɔbɛforo AWURADE bepɔw no, na hena na obegyina ne tenabea kronkron hɔ? Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra so mma ahuhude, na ɔnka ntanhunu. Ɔno na obenya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagye Nyankopɔn bebu no bem. Eyinom ne wɔn a wopɛ n’akyi kwan no abusua, wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O! Yakob Nyankopɔn. Mo aponkɛse, momma mo ti so, na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu, na anuonyam hene no ahyɛn mu. Hena ne anuonyam hene yi? Ɛyɛ AWURADE, otumfo kɛse ne ɔkatakyi, AWURADE a ɔyɛ ɔkatakyi, ɔko mu. Mo, aponkɛse, momma mo ti so, na monterɛw mo tete apon no mu, na anuonyam hene no nhyɛn mu. Hena ne saa anuonyam hene yi? Asafo AWURADE, ɔne anuonyam Hene no. AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ wo. Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto, mma m’ani nnwu, mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti. Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wotwa nkontompo kwa na wɔn ani bewu. AWURADE, kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa. AWURADE, kae wo mmɔborohunu ne w’adɔe, a ɛwɔ hɔ fi tete. Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, na mmom kae me sɛ w’adɔe te no, AWURADE, w’ayamye nti. AWURADE ye, na ɔteɛ, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo ne kwan so. Ɔma ahobrɛasefo nnantew trenee mu, na ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan. AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware ma wɔn a wodi n’apam ne n’adansesɛm so. AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii. Onipa biara a osuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so. Ne kra bɛtena yiyedi mu, na n’asefo anya asase atena so. AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu. M’ani hwɛ AWURADE daa, na ɔno na obeyi me nan afi afiri mu. Dan w’ani hwɛ me, na dom me, na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ. Me koma mu ahohia dɔɔso pii, yi me fi m’ahokyere mu. Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa kyɛ me. Hwɛ sɛ m’atamfo dɔɔso, na wɔde atirimɔden tan me. Hwɛ me kra so na gye me, mma m’ani nnwu, na miguan metoa wo. Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, efisɛ m’ani da wo so. Onyankopɔn, gye Israel fi wɔn ahohia nyinaa mu. AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri. AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma. Na w’adɔe wɔ m’ani so, nso menam wo nokware mu. Me ne nnipa huhuw antena, na me ne nyaatwomfo anhyia mu. Metan nnipa bɔne guabɔ, na me ne nnebɔneyɛfo ntena. Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE, sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa. AWURADE, medɔ wo fi tenabea ne faako a w’anuonyam wɔ. Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfo ho, anaa me nkwa nka mogyapɛfo ho nkɔ. Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛ ayɛ wɔn nifa ma. Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ. Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae kɛse no mu na mehyira AWURADE. AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo? Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtan me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiriw na wɔahwehwe ase. Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me. Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi. Na ɔkora me ne sese mu hiada, ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee, ɔma me so gyina ɔbotan so. Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom. AWURADE, tie me sufrɛ; hu me mmɔbɔ, na gye me so. Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ. Nyi w’ani nhintaw me, mfa abufuw mpam w’akoa. Me boafo ne wo, ntow me nkyene, na nnyaw me, me nkwagye Nyankopɔn. Na m’agya ne me na agyaw me, na AWURADE de, ogye me. AWURADE, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so, m’atɛwfo nti. Nnan me mma sɛ m’atamfo pɛ, na adansekurumfo asɔre ahyɛ me, ne wɔn a wɔpuw anuɔdensɛm. Migye midi sɛ mehu AWURADE ayamye, ateasefo asase so. Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so. AWURADE, wo na misu mefrɛ wo, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na wumua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ Amoa mu no. Sɛ misu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotɔsrɛ. Nyi me afrɛ so mfra abɔnefo ne abusuyɛfo a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoe so, na wɔn komam de, bɔne wɔ mu. Yɛ wɔn sɛ wɔn nneyɛe ne wɔn abrabɔ bɔne te, susuw wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn nea wɔayɛ so ka. Efisɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛe ne ne nsa ano nnwuma so: Obedwiriw wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ. Ayeyi nka AWURADE, efisɛ watie me nkotɔsrɛ. AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase. AWURADE ne nkurɔfo ahoɔden, nea wasra no no nkwagye aban ne no. Boa wo man, na hyira w’apɛgyade, na yɛn wɔn, na ma wɔn so daa. Mo ɔsoro asafo, momfa anuonyam mma AWURADE, momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE. Yiw, monhyɛ AWURADE din anuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu. AWURADE nne wɔ asu so, anuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsu bebree so. AWURADE nne mu yɛ den sɛ, AWURADE nne mu wɔ anuonyam. AWURADE nne bubu nkyeneduru, AWURADE abubu Lebanon nkyeneduru. Na ɔma wohuruhuruw sɛ nantwi ba, Lebanon ne Sirion sɛ kooforo. AWURADE nne pa gya a ɛdɛw. AWURADE nne ma sare so hɔ him, AWURADE ma Kades sare so hɔ po. AWURADE nne ma aforote ko awo, na ɛma kwae mu da hɔ, na n’asɔrefi mufo nyinaa ka sɛ: Anuonyam nka Nyankopɔn. AWURADE tenaa nsu a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa. AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoe behyira ne man. Mɛma wo so, AWURADE, efisɛ woayi me, na woamma m’atamfo ani annye, me nti. AWURADE, me Nyankopɔn, misu mefrɛɛ wo, na wosaa me yare. AWURADE, woatwe me kra afi Asamando, woama me nkwa na mankɔ Amoa mu. Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefo, na munyi ne nkae kronkron no ayɛ. Na n’abufuw kyɛ kakraa bi, na n’adɔe de, ɛtena hɔ kyɛ sɛ nkwa bere. Osu betumi aba anadwo, nanso ade kye a, na anigye aba. Na me de, misee m’ahodwo mu sɛ: Merenhinhim ara da. AWURADE, wode w’anisɔ ama me atim dennen sɛ bepɔw, na wode w’ani hintawee no, me koma tui. Wo, AWURADE, na misu mefrɛɛ wo, na mekotɔ mesrɛɛ AWURADE sɛ: Dɛn mfaso na ɛwɔ me so wɔ m’Amoa mu kɔ mu? Mfutuma bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokware akyerɛ anaa? AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ! AWURADE, bɛboa me! Woama me nkɔmmɔdi adan me asaw, woasan me ho ayitama, na wode anigye abɔ m'asen, na m’anuonyam ato wo dwom na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wo, AWURADE, na maguan matoa wo, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo trenee so gye me, yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me guankɔbea botan, ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa. Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakogya me. Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den. Wo nsam na mede me honhom mehyɛ; AWURADE, nokware Nyankopɔn, woagye me. Metan wɔn a wodi atoro ahuhude akyi, na me de, mebata AWURADE ho. Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahu me kra ahohia. Na woanyi me anhyɛ ɔtamfo nsa, wode m’anan agyina nea ɛtrɛw. AWURADE, hu me mmɔbɔ, na me ho hia me. Awerɛhow ama m’aniwa ne me kra ne me honam atwintwam. Na me nkwa ahwere ɛyaw mu, na me mfe ahwere ahomegu mu. M’amumɔyɛ nti m’ahoɔden so ahuan, na me nnompe agurow. M’ahohiahiafo nyinaa nti mayɛ ɔhohorafo, na mayɛ me ho tefo so duru, na m’amannifo suro me, wɔn a mifi adi a wohu me guan me. Nnipa werɛ afi me sɛ owufo, mayɛ sɛ ade a wɔtow kyene. Na mete nnipa bebree nsekudi, ahude atwa me ho ahyia, sɛ me ho agyina a wɔakɔ no mu wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra. Na me de, wo, AWURADE, so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn. Wo nsam na me mmere wɔ, gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam. Tew w’anim kyerɛ w’akoa, fa w’adɔe so gye me nkwa. AWURADE, mma m’anim nngu ase, na misu mefrɛ wo. Ma abɔnefo anim ngu ase, na wɔntotɔ mum Asamando. Ma atorofo ano mmua, wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den, ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no. Wo papa a wode asie ama wɔn a wosuro wo no sɛnea esi so fa! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan bɛtoa wo no, nnipa anim. Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hintaw fi nnipa a wɔabɔ tukuw anim, wode wɔn sie ɔsese mu fi tɛkrɛma birebire ho. Nhyira ne AWURADE sɛ wama n’adɔe ayɛ nwonwa ama me, kurow a ahohiahia wɔ mu. Nso me de, misee m’ahoyeraw mu sɛ: Wɔatwa me afi w’ani so. Nanso misu mefrɛɛ wo no, wotee me nkotɔsrɛ. Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefo nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wodi nokware so, na otua nea odi ahantansɛm no ka a ɛboro so. Monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo, mo a motwɛn AWURADE nyinaa. Nhyira ne nea wɔde ne mmarato akyɛ no, na wɔakata ne bɔne so. Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu. Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu. Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe. Eyi nti teeni biara mmɔ wo mpae da a obehu wo. Ampa ara, sɛ asu kɛse yiri a, ɛremfa onii ko. Wone me hintabea, wobɛbɔ me ho ban, na me ho anhia me, na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia. Na wo AWURADE aka sɛ: Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo. Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim de, nnareka ne ɛho hama na wɔde to wɔn ano twe wɔn, anka wɔrentwiw mmɛn wo. Ɔbɔnefo yaw dɔɔso, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no, wɔde adɔe bedi no barehyia. Treneefo, momma mo ani nnye AWURADE ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro! Treneefo, momfa anigye nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ. Momfa sanku nna AWURADE ase, momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom! Monto dwom foforo mma no, mommɔ sanku yiye nka ɛnne ho! Na AWURADE asɛm teɛ, na ne nnwuma nyinaa wɔ nokware mu. Ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu, AWURADE adɔe ahyɛ asase so ma. AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa. Ɔka po nsu boa ano kuw, ɔde ebun sie nea ɛhɔ dɔ. Ma asase nyinaa sofo nsuro AWURADE, wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no; na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ. AWURADE ma amanaman agyina dan hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa. AWURADE agyina de, egyina hɔ daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa. Nhyira ne nkurɔfo a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wapaw wɔn de ayɛ n’ankasa apɛgyade. AWURADE fi soro hwɛ, ohu nnipa mma nyinaa. Ɔte ne tenabea na ɔhwɛ asase sotefo nyinaa. Ɔno na ɔnwene wɔn nyinaa koma, ohu wɔn nnwuma nyinaa mu. Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho. Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu, na wɔmfa n’ahoɔden dodow nnye onipa. Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wosuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔe so no so, sɛ obegye wɔn kra afi wu mu, na wama wɔanya nkwa ɔkɔm mu. Yɛn kra twɛn AWURADE, yɛn boafo ne yɛn kyɛm ne no. Na ne mu na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam, efisɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so. AWURADE, ma w’adɔe ntena yɛn so, sɛnea yɛn ani da wo so no. Mehyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi. AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye. Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so. Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. Hwɛ no, na nya anim tew, na w’anim angu ase. Ohiani yi teɛɛm, na AWURADE tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu. AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn. Monka nhwɛ na munhu sɛ AWURADE ye, nhyira ne onipa a oguan toa no. AWURADE akronkronfo, munsuro no! Na biribiara remmɔ wɔn a wosuro no. Gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no, ade pa biara remmɔ wɔn. Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo AWURADE suro. Mo mu hena na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyɛ sɛ obehu papa? Kora wo tɛkrɛma, bɔne ho, ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho. Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoe, na tiw no. AWURADE ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ. AWURADE ani sa nnebɔneyɛfo, sɛ obegu wɔn ase, asase so. Treneefo su frɛ, na AWURADE tie, na ogye wɔn fi wɔn ahohia nyinaa mu. AWURADE bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw. Ɔtreneeni amane dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu. Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, emu biako po mmu. Bɔne bekum ɔbɔnefo, na wɔn a wɔtan ɔtreneeni no bɛbrɛ mu. AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a woguan toa no nyinaa remmrɛ mu. AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no, nko! So ɔkyɛm ne nkataanim, na sɔre bɛboa me. Twe peaw na siw wɔn a wɔtaa me no kwan, ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me! Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsan wɔn akyi! Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛwa, mframa anim, na ma AWURADE bɔfo nsum wɔn ngu! Ma wɔn akwan mu nnuru sum, na ɛnyɛ patoropatoro, na AWURADE bɔfo ntaa wɔn! Na wɔasum me afiri wɔn amoam kwa, na wɔatu me kra amoa kwa. Ma ɔsɛe mmefi wɔn aworaw, na ma n’afiri a wɔasum ahintaw no nyi wɔn, ma wɔmfa patabubu nhwe mu! Na me kra bedi ahurusi AWURADE mu, na ne ho asan no, ne nkwagye mu. Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hena na ɔte sɛ wo a wugye ɔmanehunufo nea ɔyɛ den sen no nsam, ne ɔmanehunufo ne ohiani fi ne dwowtwafo nsam. Adansefo nkontompofo sɔre; ade a minnim na wobisa me. Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra ayɛ sɛ ayisaa. Na me de, wɔyare a, mehyɛ atweaatam, mede mmuada mebrɛɛ me kra ase, na mebɔɔ mpae ma ɛsan beguu me kokom. Meyɛe sɛnea ɔyɛ m’adamfo ne me nua, misii me ti ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na. Na sɛ merekɔhwe ase nti, wɔn ani gye na wɔbɔ tukuw, nkwahumafo ne nnipa a minnim wɔn bɔ me so tukuw, wɔyaw ara na wonnyae. Sɛ asatofo pɛ nkyewa ho tena di fɛw no, wɔtwɛree wɔn se guu me so. AWURADE, wobɛhwɛ ara akosi da bɛn? Gye me fi wɔn sɛe mu, ne me kra fi agyata nsam! Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu. Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw! Na wɔnka asomdwoesɛm, na wodwen nkontomposɛm hyɛ wɔn a wodwo, asase so. Na wɔtɛɛ wɔn anom haharaa wɔ me so, wose: Wie, wiɛ, yɛn ani ahu! AWURADE, woahu, mmua w’ano, AWURADE, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri! Nyan, na sɔre bebu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bedi m’asɛm! AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo trenee so bebu me atɛn, na mma wɔn ani nnnye me ho! Mma wɔnnka wɔn komam sɛ: Wiɛ, nea yɛpɛ ni! Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no. Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu, na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wodi me so akokurokosɛm no, ma aniwu ne ahohora nsi wɔn adurade! Wɔn a me trenee sɔ wɔn ani no, ma wonni ahurusi na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiyedi sɔ n’ani. Na me tɛkrɛma bɛka wo trenee ne w’ayeyi daa nyinaa. Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ me koma mu: Onyankopɔn suro biara nni n’ani so. Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi. N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ. Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi. AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn. Wo trenee te sɛ Onyankopɔn mmepɔw, w’atemmu te sɛ ebun a emu dɔ. AWURADE, wugye nnipa ne mmoa nkwa. Onyankopɔn, w’adɔe no so dɛn ara! Na nnipa mma de wɔn ho dɔ wo ntaban nwini ase. Wo fi mu srade meemee wɔn, na woma wɔnom w’anigye asubɔnten. Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ, wo hann mu na yehu hann. Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo, ne wo trenee mma koma mu teefo. Mma ɔhantanni nan nntia me, na mma abɔnefo nsa nnsum me! Ɛnne na amumɔyɛfo atotɔ, woasum wɔn ahwehwe fam a wontumi nsɔre. Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono. Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokware, na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo nea wo koma pɛ. Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ, na wayi wo trenee adi sɛ adekyee, ne wo bem sɛ owigyinae. Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti. Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko, na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wobenya asase no adi. Ate kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne tenabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so: AWURADE serew no, efisɛ wahu sɛ ne da reba. Abɔnefo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn ta mu, sɛ wɔbɛma ɔmanehunufo ne ohiani ahwe ase, na wɔakum wɔn a wɔn abrabɔ ye: Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam, na wɔn ta abubu. Ade kakra a onipa trenee wɔ no ye sen abɔnefo bebree ahonyade dodow. Na abɔnefo abasa bebubu, na AWURADE wowaw treneefo. AWURADE nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa. Wɔn ani renwu bere bɔne mu, na wɔbɛmee, ɔkɔm mmere mu. Na abɔnefo bɛyera, na AWURADE atamfo bɛyɛ sɛ sare momono fɛfɛ, wɔbɛhyew awie sa sɛ owusiw. Ɔbɔnefo fɛm, na ontua, na ɔtreneeni hu mmɔbɔ, na ɔma. Na wɔn a wahyira wɔn na ebedi asase no, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wobeyi wɔn hɔ. AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yiye, na ne kwan sɔ n’ani, sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ AWURADE kura ne nsam. Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan. Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefo nso yɛ nhyira. Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa; efisɛ AWURADE dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ. Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem. Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma bu atɛntrenee; ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw. Ɔbɔnefo tɛw ɔtreneeni, na ɔhwehwɛ no akum no. AWURADE rennyaw no ne nsam, na sɛ wobu no atɛn a, ɔremmu no fɔ. Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu. Mahu ɔbɔnefo a odi tumi, na ɔdennan sɛ dua frɔmm a anya asiye, na obi twaa mu no, na hwɛ, onni hɔ, na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ; sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu. Na treneefo nkwagye fi AWURADE, ɔne wɔn guankɔbea, ahohia da mu. Na AWURADE boa wɔn, na ogye wɔn, oyi wɔn fi abɔnefo nsam, na ogye wɔn nkwa, efisɛ wɔde wɔn ho to no so. AWURADE, ntwiw m’anim w’abufuw mu, na ntwe m’aso w’anibere mu; na w’agyan awowɔ me, na wo nsa aduru me so. W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu; na me mfomso aboro me ti so, ɛden me so sɛ adesoa duruduru. M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti. Mapompono, na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhow menam foofoo. Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu; mahodwow, na mabubu pasaa, me koma apinisi nti misu dennen. AWURADE, nea mepɛ nyinaa da w’anim, na me pene nhintaw wo. Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann po nni me ho bio. M’adɔfo ne me nnamfo afi me haw no ho akogyina nsrɛnso, na m’abusuafo gyinagyina akyirikyiri. Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa. Na me de, mete sɛ ositifo a ɔnte asɛm, na mete sɛ mum a ommue n’ano. Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm na n’anom nni ntuatuaano. Na wo, AWURADE, na m’ani da wo so, AWURADE, me Nyankopɔn, wubebua. Na mise: Mma wɔn ani nnnye me ho, na sɛ me nan watiriw a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so. Na mereyɛ mahwe ase, na me yaw wɔ m’anim daa. Na meka me mfomso, me bɔne nti me werɛ ahow. Na m’atamfo ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso. Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a midi akyiri nti wɔpɛ me ho asɛm. AWURADE, nnyaw me, me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware. Yɛ ntɛm bɛboa me, AWURADE, m’agyenkwa! Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi. Medan mum meyɛɛ komm, mimuaa m’ano, papa ho, nanso me yaw mu yɛɛ den. Me koma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwennwen no, na ogya no dɛwee, na mede me tɛkrɛma mekasae. AWURADE, ma minhu m’awiei ne me nna kakra a wɔasusuw no, ma minhu me kyɛ a mammɛkyɛ. Hwɛ, woayɛ me nna nsama pɛ, na me mfe nyɛ hwee, w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ dɛn ara a, na ɔyɛ ohuruhuro ara kwa. Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano. Na afei, AWURADE, dɛn na metwɛn? Wo so na m’ani da. Gye me fi me mmarato nyinaa mu, mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora. Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ. Yi wo haw fi me so. Wo nsa ano hwe rehyew me. Sɛ wode amumɔyɛ ho animka twe onipa aso a, woma n’ahoɔfɛ hyew sɛ nwewee yɛ. Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ohuruhuro. AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa. Yi w’ani fi me so, na mentew m’anim, ansa na mafi ha, na wɔanhu me bio. Ɔtwɛn na metwɛn AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ. Na oyii me fii ɔsɛe amoa mu, fii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii. Na ɔde dwom foforo ahyɛ m’anom, yɛn Nyankopɔn ayeyi dwom. Nnipa bebree behu asuro, na wɔabata AWURADE ho. Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so, na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi. AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan. Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, woasiesie aso de ama me, wummisa ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre. Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm nhoma mmobɔwee no mu. Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam. Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wunim. Mankora wo trenee so me komam, maka wo nokware ne wo nkwagye, mansiw w’adɔe ne wo nokware so, asafo kɛse mu. Wo AWURADE, worensiw me wo mmɔborohunu so, w’adɔe ne wo nokware bɛbɔ me ho ban daa, Na bɔne a wonnim ano atwa me ho ahyia, m’amumɔyɛ aso me mu a ɛmma minhu ade bio, ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma agyaw me. AWURADE, ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubegye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me! Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi, na wɔnnan ahohorafo! Wɔn a wose me sɛ: Wiɛ, wiɛ! No, ma wɔn ho nnwiriw wɔn, wɔn aniwu akatua so. Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye nka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ. Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani de, nanso AWURADE dwen me ho. Wone me boafo ne me gyefo, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase! Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, AWURADE begye no, da bɔne mu. AWURADE bɛhwɛ no so na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. AWURADE bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye. Me de, mekae sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ, sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne! M’atamfo kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na obewu na ne din ayera? Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atosɛm, ne koma tase nsɛnhunu fa, ofi adi kɔkeka. Wɔn a wɔtan me nyinaa tutu me ho asu, wosusuw me ho bɔne ka sɛ: Abusude akita no, na afei a ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio. M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so a odii m’aduan bi no, wama ne nantin so atia me. Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ, na ma me so, na mintua wɔn so ka! Eyi ho na mehu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfo renni me so ahurusi. Na me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mu a midi mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa. Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen. Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no. Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabefi Nyankopɔn anim? Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo, sɛ wose me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no. Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. Me kra abotow wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔw asase so, Misar bepɔw so. Ebun frɛ ebun, wo nsu a ɛworo gugu no gyegyeegye no mu, w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa abu afa me so. Adekyee, AWURADE beyi n’adɔe adi, na anadwo mato no dwom mabɔ mpae ama me nkwa Nyankopɔn. Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew? Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛw, sɛ daa wose me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. Onyankopɔn, bu me bem, fi ɔman a wonnye nni nsam. Gye me fi okontomponi ne omimfo nsam. Na wone me guantoa Nyankopɔn, adɛn nti na wotow me kyene? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew? Ma wo hann ne wo nokware mmedi me kan, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo tenabea. Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn. Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi, wɔn bere so, tete mmere no mu. Wode wo nsa pam amanaman, na wɔn de, wuduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn de, wotrɛw wɔn mu. Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn. Wo, Nyankopɔn, wone me hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagye ara nko. Wo so na yɛnam sum yɛn ahohiafo gu, wo din mu na yetiatia wɔn a wɔsɔre hyɛ yɛn no so. Na memfa me ho mento me ta so, na m’afoa nso rennye me. Na woagye yɛn yɛn ahohiafo nsam, na woahyɛ wɔn a wɔtan yɛn aniwu. Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho daa nyinaa, na yeyi wo din ayɛ daapem. Nanso woatow yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ. Woma yɛdan yɛn akyi kyerɛɛ yɛn ahoguanfo, na wɔn a wɔtan yɛn fow yɛn. Wode yɛn mae sɛ nguan a wodi, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu. Woantɔn wo nkurɔfo annye hwee, woamfa wɔn annye aboɔden. Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛwdi ne ahiiyi. Wode yɛn ayɛ akasabebui, amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn ti nko wɔ yɛn ho. Daa nyinaa m’ahohora da m’anim, na aniwu akata me so, nea ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne ne ɔtamfo ne weredifo nti. Eyi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfii wo, na yentwaa w’apam ho nkontompo ɛ. Yɛn koma nsan n’akyi ɛ, na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho ɛ. Nanso woabubu yɛn pasaa, nea sakraman wɔ, na wode sum kabii akata yɛn so. Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din anaasɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ onyame foforo a, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm. Na wo nti na wokum yɛn daa nyinaa, wobu yɛn sɛ nguan a wokokum wɔn. AWURADE, nyan ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, ntow yɛn nkyene koraa. Adɛn nti na wuyi w’ani hintaw, na wo werɛ fi yɛn amane ne yɛn so hyɛ no? Na wɔabrɛ yɛn kra ase akɔ mfutuma mu, yɛn yafunu butuw fam. Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔe nti! Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so. Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no! Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare kyerɛwdua. Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa. Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu. W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfo komam. Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daa daa, w’ahenni poma yɛ trenee poma. Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo. Kurobow ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hua wo ntade nyinaa mu, sanku a wɔbɔ asommɛn aban mu ma w’ani gye. Ahene mmabea wɔ wo mmea anuonyamfo mu, wo dɔyere abegyina wo nifa, Ofir sika mu. Ɔbabea, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfi wo man ne w’agya fi. Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no. Na Tiro babea de ayɛyɛde ba, na ɔman mu adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo. Ɔhene babea wɔ anuonyam kɛse mu, ɔdan mu, wɔde sikatam abu n’adurade. Ɔhyɛ mmobom atade, na wɔde no brɛ ɔhene, wɔde mmabun a wɔyɛ ne mfɛfo di n’akyi brɛ wo. Wɔde anigye ne ahosan na ɛde wɔn reba, wɔkɔhyɛn ɔhene aban mu. Wo mma besi w’agyanom anan mu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene. Mɛma wɔakae wo din, awo ntoatoaso nyinaa mu, enti na aman beyi wo ayɛ daa daa. Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui. Enti kansesɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu gu po bun mu, na emu nsu woro na ehuru na n’asorɔkye ma mmepɔw wosow a, yɛrensuro. Asu bi, n’abaa ma Onyankopɔn kurow ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no. Onyankopɔn te mfinimfini, ɛnwosow, Onyankopɔn boa no anɔpahema. Amanaman yɛ hoo, ahenni wosowosow, ɔma ne nne so ma asase nan. Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam. Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so. Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigye huro mmɔ ose mma Onyankopɔn. Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛse, asase nyinaa so. Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfo hyɛ yɛn nan ase. Oyi yɛn apɛgyade ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no anuonyanne. Onyankopɔn de anigye huro kɔ ɔsoro, AWURADE de torobɛnto gyigye kɔ. Monto Onyankopɔn dwom, monto ayeyi dwom, monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyi dwom. Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sanku nto nnwenho dwom. Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahengua kronkron so. Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm wɔ Onyankopɔn, wɔama no so kɛse. AWURADE yɛ kɛse, na woyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kurow mu, ne bepɔw kronkron so. Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔw, benkum fam twɔtwɔw no, ɔhenkɛse kurow no. Onyankopɔn ama wɔahu no, kurow yi aban mu, sɛ abankɛse. Na hwɛ, ahene behyiae, wɔboom yuu bae. Wobehui, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔbɔɔ hu, na woguanee torom. Nketenkete kitaa wɔn, ɛyaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔreko awo. Wode Apuei mframa bobɔɔ Tarsis ahyɛn. Sɛ yɛtee no, sɛ yehuu no ne no, asafo AWURADE kurow mu, yɛn Nyankopɔn kurom, Onyankopɔn ma n’ase tim daa. Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔe w’asɔrefi hɔ, Onyankopɔn, sɛ wo din te no, saa ara na w’ayeyi te de kosi asase ano ano; trenee ahyɛ wo nsa nifa ma. Ma Sion bepɔw ani nnye, ma Yuda mmabea nni ahurusi, w’atemmu nti. Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten, momfa mo ani nkari n’afasu, monhwehwɛ n’aban mu yiye, na moaka akyerɛ awo ntoatoaso a ebedi mo akyi no, sɛ saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu. Aman nyinaa, muntie eyi, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso. Nnipa mma mpapahwekwa oo, mmarima mma a wɔwɔ din oo, adefo ne ahiafo nyinaa. M’ano bɛka anyansasɛm, na me komam nsusuwii yɛ nhumu ara nko. Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase. Adɛn nti na minsuro nna bɔne mu, nna a m’atɛwfo amumɔyɛ twa me ho hyia mu? Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho. Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade, na wɔn kra gye bo yɛ den, na ɛma ogyaw hɔ koraa, sɛ ɔntena ase ara daa, na wanhu ɔdamoa. Na ohu sɛ anyansafo wuwu, ne saa nso na nkwasea ne agyimifo sɛe, na wogyaw wɔn ahode ma ebinom. Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afi atena hɔ akosi awo ntoatoaso so; wɔde wɔn din toto wɔn nsaase. Nanso onipa a ɔwɔ nidi mu no, ɔrentena mu, ɔte sɛ mmoa a woyi wɔn hɔ. Ɔkwan a nkwasea fa so ni, na wɔn a wɔpɛ wɔn anom asɛm no di wɔn akyi. Wɔboa asaman sɛ nguan, owu hwɛ wɔn so, na treneefo betiatia wɔn so anɔpa, na wɔn de, asaman bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio. Na me kra de, Onyankopɔn begye no asaman nsam, na obegye me. Sɛ obi nya ne ho a, nsuro, sɛ ne fi anuonyam redɔɔso a, nsuro, na owu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’anuonyam rensian nni n’akyi. Sɛ ohyira ne kra ne nkwa bere mu, nso woyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yiye a, ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu, wɔrenhu hann ara da. Onipa a ɔwɔ nidi mu na onni nhumu no, ɔte sɛ mmoa a woyi wɔn hɔ. Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, rekasa, na ɔfrɛ asase fi awiapuei de kosi n’atɔe. Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ mu, na Onyankopɔn fi haran. Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehyew ade, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia. Ɔfrɛ ɔsorofo, ɔsoro, ne asase, sɛ ɔrebebu ne man atɛn. Mommoaboa m’ahotewfo ano mma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no. Na ɔsoro bɛka ne trenee akyerɛ, efisɛ Onyankopɔn na ɔrebebu atɛn. Me man, muntie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebedi wo adanse: Me, Nyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn. Ɛnyɛ wo kum afɔre nti na mɛka w’anim, na wo hyew afɔre wɔ m’anim daa yi. Meremfa wo fi mu nantwinini, wo nguannan mu mpapo, efisɛ kwae mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔw apem so mmoa. Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa, na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ. Sɛ ɔkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me. So midi anantwinini nam? Na menom mpapo mogya? Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam. Na ɔbɔnefo de, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛde na wode w’ano bɔ m’apam din, na wo koro yi ara wukyi animka na wotow me nsɛm gu w’akyi? Sɛ wuhu owifo a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefo bɔ. Wugyaa w’ano mu kɔ bɔne mu, na wo tɛkrɛma toatoa nnaadaasɛm. Wotena ase ka wo nua ho nsɛm, wo na ba mpo, wosopa no. Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim. Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ. Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ me anuonyam, na ɔbɔ ɔkwan a mekyerɛ no Nyankopɔn nkwagye wɔ so. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi. Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam, na wo ho atew, w’atemmu mu. Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me. Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu. Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma. Ma mente anigye ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubu no adi ahurusi. Yi w’ani fi me bɔne ho hintaw, na popa m’amumɔyɛ nyinaa. Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu. Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so. Ma minnya wo nkwagye ho abotɔyam bio, na ayamye honhom nso me mu. Mɛkyerɛ mmaratofo w’akwan, na nnebɔneyɛfo adan aba wo nkyɛn. Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom. AWURADE, bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi. Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyew afɔre nsɔ w’ani. Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo. Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yiye; to Yerusalem afasu! Ɛno na wobɛpɛ trenee afɔre, ɔhyew afɔre ne afɔre mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so. Ɔkatakyi, ɛdɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Onyankopɔn adɔe wɔ hɔ daa nyinaa. Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta. Wopɛ bɔne sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nea ɛteɛ. Nkɔnkɔnsa tɛkrɛma, wopɛ amammɔesɛm ara nko. Onyankopɔn bɛbɔ wo ahwe fam koraa, obeyi wo hɔ atu wo afi wo tenabea, na watutu w’ase afi ateasefo asase so. Treneefo nso behu asuro, na wɔaserew no sɛ: Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden, na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni. Na me de, mete sɛ ngo dua frɔmfrɔm, Onyankopɔn fi, mede me ho meto Nyankopɔn dom so daa daa. Meyi wo ayɛ sɛ wo na woyɛe, na mɛtwɛn wo din, efisɛ eye, w’ahotefo anim. Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa. Onyankopɔn fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ. So amumɔyɛfo anhu de, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔmfrɛ Onyankopɔn? Ɛno na wɔn ho popoe, nea ahopopo nni hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsra nnompe, woahyɛ wɔn aniwu, na Onyankopɔn apa wɔn. Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man nnommum bɛsan aba no, Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye. Onyankopɔn, fa wo din so gye me, na fa wo tumi di m’asɛm ma me. Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso tie m’anom nsɛm; na ananafo asɔre ahyɛ me, na atirimmɔdenfo rehwehwɛ me kra, wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi. Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo, AWURADE nko ne nea oso me kra mu. Ɔbɛma m’atɛwfo bɔne asan akɔ wɔn so, fa wo nokware yi wɔn hɔ. Meyi me yam mabɔ wo afɔre; AWURADE, meyi wo din ayɛ sɛ eye. Na wagye me, amane nyinaa mu, na m’aniwa ahu nea mepɛ m’atamfo ho. Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhintaw wo ho mfi me nkotɔsrɛ ho. Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene nnwam me nkɔmmɔ mu, na misi apini, ɔtamfo nne ne abɔnefo ahoguan nti. Na wɔbɔ mmusu gu me so, na wɔde abufuw tan me. Me koma pere wɔ me mu, na owu ho hu agu me so. Osuro ne ahopopo aba me so, na ahoyeraw akata me so. Na mise: O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aborɔnoma de ɛ, anka metu makɔtena baabi. Yiw, anka meguan makɔ akyirikyiri, na makɔtena sare so. Anka mɛyɛ ntɛm maguan mafi mframa kɛse ne ahum yi mu. AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paapae wɔn tɛkrɛma mu, na mahu amimdi ne atutuw, kurow no mu. Awia ne anadwo wɔnam n’afasu so twa ho hyia, na amumɔyɛ ne ɔhaw wɔ mu. Amammɔesɛm wɔ mu, na nhyɛso ne nnaadaa mpa n’abɔnten so. Na ɛnyɛ ɔtamfo na ɔbɔ me ahohora, ɛno de, anka metie. Ɛnyɛ nea okyi me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me so, anka mede me ho mehintaw no. Na wo, me yɔnko a me ne wo bɔ, me yɔnko ne me manni, wo a wo ne me di atirimsɛm dɛdɛ, na yɛnam yuu kɔ Onyankopɔn fi. Ma owu ntow nsi wɔn so, ma wonsian nkɔ asaman anikan, na nsɛmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu. Me de, mesu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abegye me. Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne. Wagye me kra asomdwoe mu, na wɔammɛn me, na wɔn a wɔne me anya dɔɔso. Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn, na ɔno na ɔte hɔ fi teteete. Wɔn de, wɔnsakra, nanso wonsuro Onyankopɔn. Ɔteɛ ne nsa ne yɔnko pa nom so, wabu n’apam so. N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe. Dan w’adesoa to AWURADE so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da. Na wo, Nyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛe amoam, mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nna fa, na me de, mede me ho meto wo so. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdesani pɛ me amene me, daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho. M’atɛwfo pɛ me amene me daa adesae, na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko. Ɛda a misuro no, mede me ho mitweri wo. Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, ɔhonam betumi ayɛ me dɛn? Da biara wotutu me nsɛm ano sisi, bɔne nko ara na wodwen me ho. Wɔn ano hyia ma wɔtɛw me, na wɔkari m’anammɔn, efisɛ wɔtwɛn me kra. Wɔde amumɔyɛ benya ɔkwan aguan anaa? Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuw so. Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano, fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa? Ɛno na m’atamfo bɛsan wɔn akyi, ɛda a misu mefrɛ no. Eyi na minim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa. Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, AWURADE mu na miyi n’asɛm ayɛ. Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn? Onyankopɔn, w’aboade wɔ me hɔ, mɛbɔ aseda afɔre mama wo. Na woagye me kra afi wu mu, so worenyi m’anan mfi asehwe mu? Na manantew Onyankopɔn anim, nkwa hann mu. Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam. Misu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a odi ma me wie. Ɔbɛsoma afi soro abegye me, ɔbɔ nea ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma ne dom ne ne nokware. Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam. Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so. Wosum m’anammɔn afiri, me kra brɛɛ ase, wotuu me kwan so amoa, wɔn ankasa ahwehwe mu. Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim, mɛto dwom na mayi ayɛ. M’anuonyam, nyan, bɛnta sanku ne sankuten, nyan, me nso menyan adekyeehema. AWURADE, mɛda wo ase aman mu, mɛto wo ayeyi dwom aman mu, na w’adɔe so kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn. Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so. Mo atumfo, ampa ara moka asɛntrenee? Oo, nnipa mma, mubu atɛntrenee anaa? Dabi, mudi asɛmmɔne koma mu, mo nsam akokobirisɛm na mokari de ma, asase so. Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro. Wɔn bɔre te sɛ ɔwɔ bɔre, wɔte sɛ ahurutoa sitifo a wasiw n’aso a entie ntafowayifo a woyi nkonyaa nyansam. Onyankopɔn, bubu wɔn se wɔn anom, AWURADE, tutu gyataforo sebɔmmɔfo. Wɔbɛyow sɛ nsu a ɛretwe, ma wontiatia wɔn so sɛ sare, na ma wɔnhyew. Ɔsen sɛ nwaw a wɔapɛtɛw no, sɛ ɔba a ɔbea apɔn a onhuu owia da. Ansa na mo nkutu bɛte nsɔe no nka no, sɛ ɛyɛ momono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyew bɛpra ne nyinaa agu. Ɔtreneeni ani begye sɛ wahu aweredi, ɔbɛhohoro ne nan ase, ɔbɔnefo mogya mu. Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni, ampa Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so. Me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ho. Gye me amumɔyɛfo mu, na gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam. Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti. Ɛnyɛ m’amumɔyɛ nti na wotu mmirika siesie wɔn ho. Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ. Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Wɔsan ba anadwofa, wɔpo so sɛ akraman, na wɔbɔ kurow mu anworaman. Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrante wɔ wɔn ano, na “Hena na ɔte?” Na wo, AWURADE, woserew wɔn, wudi amanaman nyinaa ho fɛw. M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛse. Me Nyankopɔn de ne dom behyia me, Onyankopɔn bɛma mahu nea mepɛ m’atɛwfo ho. Nkum wɔn, na me man werɛ amfi; fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam, yɛn kyɛm ne wo, AWURADE. Wɔn anom nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu, ne nsew ne atoro a wodi no nti. Hyew wɔn abufuw mu, hyew wɔn na wɔantena hɔ, na ma wonhu sɛ Onyankopɔn na odi Yakob so hene, kosi asase ano. Na wɔsan ba anadwofa, wɔpa so sɛ akraman na wɔbɔ kurow mu anworaman. Wɔn de, wɔnwam hwehwɛ aduan, na sɛ wɔmmee a, wɔtena hɔ anadwo. Na me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔe ho ahurusi dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛse ne me hiada mu guankɔbea. M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛse, m’adom Nyankopɔn. Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio. Woama asase awosow, woapae mu, fa n’asinasin sisi anim, na ehinhim. Woama wo man ahu nea ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa. Wode frankaa ama w’afɛrefo sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokware nti. Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so. Onyankopɔn akasa n’ahotew mu: Medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon. Gilead wɔ me, na Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dadekyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, me nti Filistifo asase teɛteɛm. Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom? Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? Bɛboa yɛn ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi. Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so. Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. Mifi asase ano misu mefrɛ wo, me koma ahometew mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sen me so. Na wo na woayɛ me guankɔbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfo anim. Mɛtena wo ntamadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me so no ase. Na wo, Nyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wosuro wo din agyapade ama me. Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfe akodu awo ntoatoaso a edidi so so. Ɔbɛtena Onyankopɔn anim daa, fa adɔe ne nokware hwɛ no so. Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa. Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na minya nkwagye. Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim bebree bi. Mobɛhaw obiakofo akosi da bɛn, na mo nyinaa aburuw no sɛ ɔfasu a akyea ne ban a agow? Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew. Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara, na ne nsam na minya nea m’ani da so. Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim. Onyankopɔn nsam na me nkwagye ne m’anuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me guankɔbea ne Nyankopɔn. Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. Ampa ara, nnipa mma yɛ ahuhuw, mmarima mma yɛ hunu; wogu nseniam a, ehuan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ ahuhuw. Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so. Onyankopɔn akasa pɛnkoro, mprenu na mate: Sɛ tumi yɛ Onyankopɔn dea, na wo, AWURADE, na ɔdom wɔ wo. Na wubetua onipa ka sɛ n’adwuma te. Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so. Ne saa na mehwɛɛ wo wɔ kronkronbea hɔ, sɛ mehu wo tumi ne w’anuonyam. Na w’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ. Ne saa na mete ase yi mehyira wo, wo din mu na mɛma me nsa so. Ɛbɛmee me kra sɛ hon ne srade, na mede ahosan mu anotew meyi wo ayɛ. Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, medwen wo ho, adasu mu. Na woayɛ me boafo, na wo ntaban ase nwini mu midi ahurusi. Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa so me mu. Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no besian akɔ asase ase tɔnn. Wɔde wɔn bɛto afoa ano, wɔbɛyɛ sakraman de. Na ɔhene de, n’ani begye Onyankopɔn ho; obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehye ne ho, na wobemua wɔn a wodi atoro ano. Onyankopɔn, tie me nne, me nkɔmmɔdi mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfo ammeyi me hu. Fa me hintaw fi nnipa bɔne kokoam agyinatu ho, fi amumɔyɛfo gyegyeegye ho. Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo, sɛ wɔbɛtow abɔ nea ɔyɛ pɛ no kokoam, wɔtow bɔ mpofirim, na wonsuro. Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wobehintaw asum afiri, wɔka sɛ: Hena na obehu yɛn? Wɔbɔre hwehwɛ amumɔyɛ, wɔawie wɔn atirimpɔw no, wɔabɔre abɔre, efisɛ onipa tirim ne ne komam dɔ. Na Onyankopɔn bɛtow bɛmma abɔ wɔn, wobepira mpofirim, na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkrɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhwɛ wɔn nyinaa ho bɛpopo. Na nnipa nyinaa besuro, na wɔaka Onyankopɔn adwuma, na wɔahu ne nneyɛe mu. Ɔtreneeni ani begye AWURADE ho, na waguan atoa no, na komam teefo nyinaa bɛhyehye wɔn ho. Onyankopɔn, wɔde abodam yi wo ayɛ wɔ Sion, na wo na wɔde aboade ma wo. Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba. Amumɔyɛde boroo me so, wo na woakata yɛn mmarato so. Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntena w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no. Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo so, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so. Wode w’ahoɔden de mmepɔw tintim hɔ, wode tumi amia. Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkye huuyɛ gyae, na woma amanaman kitikitiyɛ ano dwo. Na wo nsɛnkyerɛnne nti wɔn a wɔte akyirikyiri noho suro, woma wɔn a wɔte apuei ne atɔe noho tɔnn to ahosan dwom. Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ. Wuguguu n’akofi so nsu de honoo mu apɔwapɔw, wode osu yɛɛ no bɛtɛɛ, wuhyiraa ne fifi so. Woabɔ w’ayamye afirihyia abotiri, na srade sosɔɔ w’akwan so. Ɛsosɔɔ sare so adidibea so, na mpampa de abotɔyam ahyehyɛ wɔn ho. Nguankuw ahyɛ adidibea no ma, aburow nso akata abon no mu, wodi ahurusi bɔ ose, anigye dwom nko ara na wɔto. Asase nyinaa, munni ahurusi mmɔ ose mma Onyankopɔn, monto dwom mma ne din anuonyam, monhyɛ no anuonyam nyi no ayɛ. Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo. Asase nyinaa bɛsɔre wo, na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din. Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu. Ɔmaa ɛpo dan asase kesee, wɔde anammɔn twaa asu kɛse, ɛno nti yɛn ani gye ne ho. Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Aman, munhyira yɛn Nyankopɔn, na momma wɔnte n’ayeyi yiye. Ɔde yɛn kra asi nkwa mu, na wamma yɛn nan anwatiri. Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu. Wode yɛn ahyɛ asawu mu, wode adesoa pemee asoa yɛn. Woama ɔdesani anantew yɛn ti so, yɛafa ogya ne nsu mu, nanso woayi yɛn aba nea nnepa abu so hɔ. Mede ɔhyew afɔre mɛkɔ wo fi, mɛma wo m’aboade, nea mede mibuee m’ano, ne nea m’ano kae m’ahohia mu no. Mede nguan a wɔadɔ ne adwennini a ɛyɛ huam mɛbɔ wo ɔhyew afɔre, mede anantwi ne mpapo mɛbɔ afɔre. Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra. Mede m’ano misu mefrɛɛ no, na mede me tɛkrɛma miyii no ayɛ. Sɛ midi ahuhude akyi me komam a, anka AWURADE rentie me. Ampa ne ampa, Onyankopɔn atie me, wayɛ aso atie me mpaebɔ. Nhyira ne Nyankopɔn a wannan me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔe amfi me so. Onyankopɔn nnom yɛn nhyira yɛn, ɔntew n’anim nkyerɛ yɛn. Na wonhu wo kwan asase so, wo nkwagye amanaman nyinaa mu. Onyankopɔn, aman beyi wo ayɛ, aman nyinaa beyi wo ayɛ. Aman ani begye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wubu aman atɛntrenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan. Onyankopɔn, aman beyi wo ayɛ, aman nyinaa beyi wo ayɛ. Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn. Onyankopɔn behyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no. Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wokyi no nguan n’anim. Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ abɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no. Na treneefo ani begye, wobedi Nyankopɔn anim ahurusi na wɔn ho asan wɔn, anigye mu. Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, monsesɛw ɔkwan mma nea ɔte ade so nam sare so reba, ne din de AWURADE, na munni n’anim ahurusi. Nyisaa se ne akunafo sɛnnifo ne Nyankopɔn, ne tenabea kronkron mu. Onyankopɔn ma ɔhokwafo nya mpɔn ne mma, otu apokyerɛfo ma wobedi yiye, na mansotwefo de, wɔtena nkyerekyerewa so. Onyankopɔn, wufii adi dii wo man anim, wofaa sare pradada so no, asase wosowee, ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn anim, Sinai yi ara wosowee, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, anim. Onyankopɔn, wotɔɔ adɔe su guu w’agyapade so, na ɛtɔ beraw a, wo na woma ɛyɛ yiye. W’asafo tenaa so; Onyankopɔn, w’ayamye mu wusiesie maa amanehunufo. AWURADE bɛka n’anom asɛm, mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so. Atamfo dɔm ahemfo beguanguan, na ɔbea a ɔte fie no akyekyɛ asade mu. Motete nguannan ntam a, ɛte sɛ aborɔnoma ntaban a wɔde dwetɛ agu ho, ne ne ntakra a sika fɛfɛ haran ho. Otumfo bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛma, Salmon so. Basan mmepɔw yɛ Onyankopɔn mmepɔw, Basan mmepɔw yɛ mmepɔw atenten. Adɛn na mo mmepɔw atenten mode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena so no? Ampa, AWURADE bɛtena so daa. Onyankopɔn ko teaseɛnam si mpem mpem ɔpehuhaa, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu. Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ. Nhyira ne AWURADE a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye. Ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn, na AWURADE na owu mu fi wɔ no. Ampa ara, Onyankopɔn bɛbobɔ n’atamfo ti, ɔbɛbɔ nea wasiw atimum na ɔkyea n’afodi mu no ti. Na AWURADE aka sɛ: Mɛfa wɔn mafi Basan maba bio, mede wɔn mɛsan mafi po bun mu maba, na wode wo nan akeka mogya mu, na w’akraman tɛkrɛma anya atamfo no ho biribi ataforo. Onyankopɔn, wohu w’adi a worebefi, me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebefi, kronkronbea hɔ. Nnwontofo di kan, asankubɔfo di akyiri, mmabaa a wɔka mpintin ntam. Munhyira Onyankopɔn, mo asafo ahyiae mu, mo a mufi Israel abura mu, munhyira AWURADE. Benyamin akumaa, wɔn sodifo no, wɔ hɔ; Yuda atitiriw, wɔn asafohene horow, Sebulon atitiriw ne Naftali atitiriw wɔ hɔ. Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo; Onyankopɔn, hyɛ nea woayɛ ama yɛn yi mu den. W’asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem nti ahene de ayɛyɛde bɛbrɛ wo. Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuw ne anantwi mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔw abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodi mu. Akunini fi Misraim bɛba, Etiopia bɛteɛ ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn. Asase so ahenni, monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma AWURADE. Monto mma nea ɔte tete soro mu soro no. Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne no. Momfa tumi mma Onyankopɔn, n’anuonyam kata Israel so, na ne tumi wɔ wim tɔnn. Onyankopɔn ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Nyankopɔn. Onyankopɔn, gye me nkwa, na nsu adu me kra ho. Matɔ amoa kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu, madu bun a nsu bu kata me so mu. Me sufrɛ ama mabrɛ, me menewa mu ayow, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ma m’ani abu. Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma. Onyankopɔn, wunim me nkwaseasɛm, na me mfomso nhintaw wo ɛ. AWURADE, asafo AWURADE, mma wɔn a wɔtwɛn wo ani nnwu me ho, Israel Nyankopɔn, mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim nngu ase, me nti. Na wo nti na magye ahohora, na aniwu ahyɛ m’ani so ma. Madan me nuanom mu ɔhɔho, mayɛ me na mma mu ɔnanani. Na wo fi ho mmɔdemmɔ amene me, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so. Na me kra suu mmuada mu, na ɛdan me ahohorabɔ. Mede atweaatam meyɛɛ me ntama, na meyɛɛ wɔn akasabebui. Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm, na asanomfo de me to dwom. Na me de, mebɔ wo, AWURADE, mpae, ɔdom bere mu; Onyankopɔn, w’adɔe kɛse nti, fa wo nkwagye nokware gye me so. Yi me fi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wonyi me mfi wɔn a wokyi me nsam ne abun mu. Mma asu a ayiri no mmfa me, na mma ebun mmmene me, na mma amoa nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano. AWURADE, gye me so, na w’adɔe ye, dan w’ani kyerɛ me, sɛ wo mmɔborohunu bebree no te. Na nyi w’ani nhintaw w’akoa, na me ho hia me, gye me so ntɛm. Twiw bɛn me kra, na begye no, m’atamfo nti gye me. Wunim m’ahohora ne m’aniwu ne me nsopa, w’ani tua m’ahohiafo nyinaa. Ahohora apɛtɛw me koma, na abɔ me yare, na mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi. Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduan, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa nyinyanyinya sɛ mennom. Ma wɔn pon a esi wɔn anim nnan sɛ apa, na wodi yiye a, ma ɛnyɛ afiri mma wɔn. Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhu ade, na ma wɔn sisi mpopo daa, ma w’ani mmere wɔn so, na w’awerɛhow ne w’abufuw nka wɔn. Ma wɔn tenabea nnan amamfo, na obiara nntena wɔn ntamadan mu. Efisɛ wɔtaa nea wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yaw kyerɛ. Ma amumɔyɛ mmɔ wɔn amumɔyɛ so, na mma wɔmmma wo trenee mu. Ma wonyi wɔn mfi ateasefo nhoma mu, na mma wɔnnkyerɛw wɔne treneefo din mmmom. Na me de, meyɛ ɔmanehunufo ne ɔwerɛhowni, Onyankopɔn, ma wo nkwagye mma me so. Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda makamfo no. Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yiye asen nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apae. Ahobrɛasefo hu a, wɔn ani begye; mo a mohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, mo koma nnya nkwa. Na AWURADE tie ahiafo, na ɔnto n’apokyerɛfo ho mpe. Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ, ɛpo ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa. Na Onyankopɔn begye Sion na wakyekye Yuda nkurow, na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea. Na ne nkoa asefo benya adi, na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu. Onyankopɔn, begye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me. Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo. Wɔn a wose, “Wiɛ, wiɛ” no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi. Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ. Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo, AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase. Wo AWURADE na maguan matoa wo, m’anim rengu ase da biara da. Fa wo trenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa. Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa yi. Woahyɛ sɛ wonnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasu. Me Nyankopɔn, gye me fi ɔbɔnefo nsam, gye me omumɔyɛfo ne otirimɔdenfo nsam. Na wo, AWURADE, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so. Wo na mifi yafunum mede m’akyi mitwerii wo, wuyii me fii me na yam, wo na meyi wo ayɛ daa yi. Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade, na wone me guankɔbea a ɛyɛ den. W’ayeyi ne wo nidi bɛhyɛ m’anom ma daa adesae. Ntow me nkyene nkwakorabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me. Na m’atamfo ka me ho asɛm, na wɔn a wobuw me kra bom tu agyina ka sɛ: Onyankopɔn agyaw no; muntiw no nkyere no, na obi nni hɔ a obegye no. Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware, me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me. Me kra ho asɛmpɛfo ani bewu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so. Na me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho. M’ano bɛka wo trenee ne wo nkwagye daa adesae, efisɛ minnim ano. Mede AWURADE ahoɔdenne mɛba mabɛkae wo trenee, wo nkutoo de no. Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ. Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. Na, Onyankopɔn, wo trenee kɔ ɔsorosoro, wo a woayɛ ade akɛse, Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afi asase aku mu asan aba. Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadan w’ani akyekye me werɛ. Me nso mede bɛnta sanku meyi wo ayɛ, me Nyankopɔn ne wo nokware, mede sankuten mɛto wo, Israel hotefo no, dwom. Meto ayeyi dwom mema wo a, m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsan no. Mede me tɛkrɛma nso mɛka wo trenee ho asɛm daa, efisɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase. Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene, ne wo trenee ma ɔhene ba. Ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo. Mmepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman, na nkoko nso de trenee aba. Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa. Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi, wobesuro wo, awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu. Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano. Wɔn a wɔte sare so bɛkotow n’anim, na n’atamfo ataforo mfutuma. Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade. Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no. Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim. Na obenya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no, na ɔno nso bɛbɔ mpae ama no daa, ahyira no daa adesae. Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura. Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no. Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade, na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen. Yese ba Dawid mpaebɔ asa. Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel, ma wɔn a wɔn komam tew. Na me de, anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw. Na metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no. Wonhu owu mu aninyanne, na wɔwɔ ɔhonam ne ahoɔden. Ɔdesani haw de, wonni bi, nanso wonguan wɔn ho sɛ nnipa binom. Enti ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia, na akokobirisɛm asi wɔn adurade. Srade ama wɔn ani apupuw, wɔn komam adwene fi bu so. Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm, wɔka akokurokosɛm. Wɔma wɔn ano to ɔsoro, na wɔn tɛkrɛma nenam asase so. Enti wɔn nkurɔfo twiw bɛdan wɔn, na wonya nsu kuruwa ma nom. Na wose: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn behu, so nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa? Hwɛ, eyinom ne abɔnefo, nanso wɔn ho dwo wɔn daa, wɔama wɔn ade adɔɔso. Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa, nanso wɔahaw me daa adesae na wɔatwe m’aso daa anɔpa. Sɛ mise: Mɛka no sɛɛ de a, anka matwa wo mmasanten nkontompo. Na misusuw ho sɛ mehu ade yi, ɛyɛɛ m’ani so den dodo, kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkron mu hɔ mikohuu nea akyiri kowie wɔn. Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa. Hwɛ sɛ wɔadan sɛ amamfo mprempren yi ara, ehu ama wɔawie sa. Sɛ ɔdae a wɔaso anyan, na wo, AWURADE, wohwanyan wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumaban so. Sɛ ɛyɛ me koma awerɛhow na m’asaabo mu wowɔ me a, anka meyɛ ɔkwasea a minnim de, na mayɛ sɛ aboa, w’ani so. Na me de, mɛtena wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu. Hena na mewɔ no ɔsoro? Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee. Ma me honam ne me koma nwie sa, Onyankopɔn ne me koma botan ne me kyɛfa daa. Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa. Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tena ye ma me, mede AWURADE mayɛ me guankɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa. Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan? Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, na wugyee wɔn sɛ w’agyapade mantam no, Sion bepɔw a wobɛtenaa so no. Ma w’anan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfo asɛe kronkron mu hɔ ade nyinaa. W’atamfo teɛteɛm w’ahyiae mu, wɔasi wɔn nsɛnkyerɛnne de ayɛ nsɛnkyerɛnne. Ɛyɛe sɛ wɔma mmonnua so kɔ soro rebetwa kwae mu nnupa, na afei ɛho nnwinne nyinaa, wɔde akuma ne asae abubu. Wɔde ogya ato wo kronkron mu hɔ, wɔagu nea wo din tenae no ho fi. Wɔkae wɔn komam sɛ: Momma yemmia wɔn nkɔ fam prɛko. Wɔahyehyew Onyankopɔn ahyiae nyinaa, asase yi so. Yenhu yɛn nsɛnkyerɛnne, odiyifo bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akosi. Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn? Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa? Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi fi wo kokom na sɛe wɔn! Nanso Onyankopɔn ne me hene fi teteete, ɔyɛ ogye adwuma asase so. Wo na wode w’ahoɔden paee po mu, wobobɔɔ nsu atweaseɛ ti, nsu no ani. Wopɛtɛw bonsu ti, wode wɔn yɛɛ sare sofo aduan. Wo na wuyii nsu aniwa ne asubɔnten, womaa asukɛse a ɛsen daa yowee. Adekyee yɛ wo de, anadwo nso wɔ wo, wo na woasiesie akanea ne owia. Wo na woatwa asase ano nyinaa hye, wo na woyɛɛ ahohuru ne awɔw bere. Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho. Mfa w’aturukuku kra nhyɛ mmoa nsa, mma wo werɛ mmfi wo mmɔborɔfo kra da. Ma w’ani mmra apam no so, na atirimɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma. Mma nea wɔhyɛ no so mmfa ahohora nnsan mmma, ma ɔmanehunufo ne ohiani nyi wo din ayɛ. Onyankopɔn, sɔre, bedi wo ara w’asɛm, kae sɛnea nkwasea bɔ wo ahohora daa adesae. Mma wo werɛ mmfi w’atamfo nne, wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi. Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn: Wɔka w’anwonwade kyerɛ. Mɛba bere a ɛsɛ mu, na me ara mabebu atɛntrenee. Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa mu hodwo a, me na mede mu adum misisi hɔ. Mise ahupoofo sɛ: Monnyɛ ahupoo. Na mise abɔnefo sɛ: Mommma mo abɛn so. Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa. Na emfi Apuei na emfi Atɔe, nanso emfi mmepɔw sare so, na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so. Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom. Na me de, mɛka ɛho asɛm daa, mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyi dwom, na abɔnefo mmɛn nyinaa, mebubu, treneefo mmɛn na wɔbɛma so. Yuda mu na wɔahu Nyankopɔn, ne din so Israel mu. Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion. Ɛhɔ na obubuu ta mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrante ne ɔsa. W’anim yɛ nyam, na ɛharan sen asade mmepɔw no. Wɔapa abran akokodurufo no akode, wɔatɔ nko da wɔn nna, na ahoɔdenfo no mu biara annya nsa anyɛ hwee. Yakob Nyankopɔn, w’ateɛteɛ nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ. Wo na wo ho yɛ hu, na sɛ wo bo refuw a, hena na obetumi agyina w’anim? Wufi soro ma wɔtee atemmu, asase suroe na ɛtɛm dinn, bere a Onyankopɔn sɔre bebuu atɛn, sɛ obegye wɔn a wodwo, asase so nyinaa no. Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so. Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no. Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ayɛyɛde mmrɛ nea ne ho yɛ hu no. Ohuw atumfo home gu, ne ho yɛ asase ahene hu. Mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no, mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me. M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam ateɛ anadwo nyinaa, na ɛmpa abaw, me kra kame awerɛkyekye. Mekae Nyankopɔn a, misi apini, midwen a, me honhom tɔ beraw. Wukura m’anisuatɛtɛw mu, ɛpempem me, na mintumi menkasa. Midwen tete nna no, tete mmere no mu mfe, mekae m’anadwo dwom, midwen me komam, na me honhom hwehwɛmu pɛsɛpɛsɛ. So AWURADE bɛtow akyene daa, na ɔrennom bi bio? So n’adɔe awie mutwa koraa anaa? So n’asɛm a ɔkae no asa ama awo ntoatoaso nyinaa? So Onyankopɔn werɛ afi ɔdom, anaasɛ ɔde abufuw atwe ne mmɔborohunu ato ne yam? Ɛnna mise: Me dadwen a ɛda me so ne sɛ ɔsorosoroni no nifa asakra. Mɛkae AWURADE nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho. Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu, hena na ɔyɛ onyame kɛse sɛ Onyankopɔn? Wone Nyankopɔn a woyɛ anwonwade, woama wɔahu wo tumi, aman mu. Wode wo nsa na agye wo man, Yakob ne Yosef mma no. Asuasu huu wo, Onyankopɔn, asuasu huu wo, na wɔbɔɔ birim, abun nso wosowosowee. Amununkum tɔɔ osu pribibibi, wim tɔnn gyigyei, w’agyan nso popaa anyinam, wo prannaa boboom, ahum a edi kyinhyia mu. Anyinam hyerɛn wiase, asase popoe, na ɛwosowee. Wo kwan faa po mu, ne wo tempɔn nsu pii mu, na wɔanhu w’anammɔn. Wonam Mose ne Aaron nsa so begyaa wo man sɛ nguankuw. Me man, monyɛ aso mma me mmara, monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm. Mebue m’ano mmebu mu, meyi atetesɛm adi sɛ akasabebui. Nea yɛate na wɔama yɛahu na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no, yɛremfa nhintaw wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no. Ɔde adanse tintimii, Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara, Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhu, na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahu, na wosi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma, sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfi Nyankopɔn nneyɛe, na wonni ne mmara nsɛm so. Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware. Efraim mmabanin, takurafo, bɛmmatofo, wɔdan wɔn ani koda. Wɔanni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnantew mu. Na wɔn werɛ fii ne nneyɛe ne n’anwonwade a ɔde kyerɛɛ wɔn no. Ɔyɛɛ anwonwade wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu. Ɔpaee po mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsu no gyinae sɛ kuw. Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn. Ɔpaee abotan mu sare so, na ɔma wɔnomee sɛ asukɛse. Ɔmaa mmasu fii ɔbotan mu bae, na ɔmaa nsu senee sɛ asuten. Na wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne, tew ɔsorosoroni no anim atua sare so. Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam, bisaa no aduan sɛnea wɔn kɔn dɔe, na wɔkasa hyɛɛ Onyankopɔn sɛ: So Onyankopɔn betumi atow ɔpon sare so? Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsu tuei, na asubɔnten senee; so abodoo nso, obetumi ama, na wapɛ nam ama ne man? Enti AWURADE tee no, ne bo fuwii, na ogya sɔe Yakob mu, na abufuw nso sɔre hyɛɛ Israel, efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so. Nanso ɔhyɛɛ wim tɔnn ɔsoro, na ohiɛɛ ɔsoro apon, na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni, na ɔde soro aduan maa wɔn. Atumfo aduan na onipa dii, ɔmaa wɔn aduan di mee. Ɔmaa Apuei mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee nifa mframa bae, na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfutuma, ne ntakraboa sɛ mpoano anwea. Na ɔma wɔtotɔɔ wɔn nsram de twaa wɔn tenabea ho hyiae. Na wodi mee boroo so, efisɛ ɔmaa wɔn, wɔn akɔnnɔde. Wonnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no ɛ, wɔn aduan da so wɔ wɔn anom no, Onyankopɔn abufuw sɔre hyɛɛ wɔn, na okunkum wɔn mu abran no mu bi, ɔde Israel mmerante hwehwee fam. Eyi nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, na wɔannye n’anwonwade no anni. Enti ɔmaa wɔn nna yerae sɛ ahuro, ne wɔn mfe ehu mu. Ɔrekum wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsan bɛpɛɛ Onyankopɔn akyi kwan ntɛm, na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefo. Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no, na wɔn koma de, ɛmmata ne ho, na wɔanni n’apam mu nokware. Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa. Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkɔ na ɛnsan n’akyi bio. Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so, na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so! Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii. Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam, na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne Misraim ne n’anwonwade, Soan petee mu no. Ɔdan wɔn nsubɔnten mogya, na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa. Ɔsomaa atɛn beguu wɔn so ma wɔbɛwee wɔn, ne mponkyerɛn ma wɔbɛsɛee wɔn. Ɔde wɔn nnɔbae maa mmɛbɛw, na ɔde wɔn adwumade maa mmoadabi. Ɔde amparuwbo sɛee wɔn bobe, na ɔde asukɔtwea bɔɔ wɔn ankye nnua, na oyii wɔn afieboa maa amparuwbo, ne wɔn mmoakuw maa asraman. Ɔtow n’abufuw hyewhyew no guu wɔn so; anibere, ahi ne ahohia, abɔfo bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn so no. Ɔbɔɔ ɔkwan maa n’abufuw, wankora wɔn kra amfi owu mu, na oyii wɔn nkwa maa owuyare. Na okum Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefi, Ham ntamadan mu. Na ogyaa ne man sɛ nguan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw, sare so, na ogyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro, na wɔn atamfo de, ɛpo no kataa wɔn so. Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hye so, bepɔw a ne nsa nifa gyei no so. Ɔpampam amanaman, wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so, na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu. Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi, na n’adansesɛm no, wɔanni so. Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo. Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu. Onyankopɔn tee, na ne bo fuwii, na Israel ho yɛɛ no nwini koraa. Na ogyaw Silo tenabea no, ntamadan a osii nnipa mu no. Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’anuonyam hyɛɛ ɔtamfo nsa. Ogyaa ne man maa nkrante, na ne bo fuw n’agyapade. Ogya hyew wɔn mmerante, na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforo dwom. Wɔn asɔfo totɔɔ nkrante ano, na wɔn akunafo annya asuye. Na AWURADE nyanee sɛ obi a ofi nna mu, sɛ ɔkatakyi a nsa ma ohuro, na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa. Nso wampɛ Yosef ntamadan no, na Efraim abusuakuw no, wamfa; na mmom ɔfaa Yuda abusuakuw, Sion bepɔw a wadɔ no no. Na osii ne kronkronbea sɛ ɔsoro, sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no. Na oyii n’abofra Dawid, na ɔfaa no fii nguannan mu. Ɔma ofii nguammere a wɔma nufu akyidi bae, sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel. Na ɔyɛn wɔn koma mudi so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan. Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade mu, wɔagu w’asɔrefi kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agowagow. Wɔde wo nkoa amu ama wim nnomaa adi, wɔde w’ahotefo nam ama asase so mmoa. Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsu de atwa Yerusalem ho ahyia, na nea osie wɔn nni hɔ. Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi, na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya? Hwie w’abufuw gu amanaman a wonnim wo ne ahenni a wɔmmɔ wo din no so, na wɔamene Yakob, na wɔagu ne tenabea. Nkae kanfo amumɔyɛ mfa ngu yɛn so, yɛ ntɛm ma w’ayamhyehye mmehyia yɛn, na wɔabrɛ yɛn ase fɛmm. Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so. Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wonhu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wudi wo nkoa mogya a wɔka gui no so were. Ma ɔpokyerɛni apinisi nnu w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ te no, kora owu mma so. Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dan no mpɛn ason gu wɔn kokom. Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nguan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyi akyerɛ awo ntoatoaso nyinaa. Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran. Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo hobere so, na bra begye yɛn. Onyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo befuw ahyɛ wo man mpaebɔ akosi da bɛn? Wode nusu yɛɛ aduan ma wodii, na wode nusu ma wɔnomee. Wode yɛn yɛɛ atutuw maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfo sereserew wɔ wɔn mu. Asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. Wutuu obobe fii Misraim bae, wututuu amanaman na wobɛtɛwee. Wuyii n’anim kwan, na egyee ntini, na ɛyɛɛ asase ma. Ne nwini kataa mmepɔw so, na ne nhama kataa Onyankopɔn kyeneduru so. Ɛbaebae n’abaa mu koduu po ho, na n’abasa frɔmfrɔm kɔɔ asubɔnten no ho. Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan so nyinaa tetew no yi? Kwaem kɔkɔte sɛe no, na petee mu mmoa we. Asafo Nyankopɔn, san w'akyi ɛ! Brɛ w’ani ase fi soro hwɛ, na bɛhwɛ obobe yi, na bɛwaw nea wo nifa tɛwee no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo de no pintinn. Wɔde ogya ahyew no, wɔatwitwa no, w’anim ateɛteɛ nti wɔresɛe. Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo de pintinn no so, na yɛrentwiw mfi wo nkyɛn. Ma yennya nkwa, na yɛmmɔ wo din. AWURADE, asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden, munhuro mma Yakob Nyankopɔn. Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta sanku. Monhyɛn torobɛnto ɔsram foforo so, ɔsram korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da. Na ɛnyɛ sɛnnahɔ mma Israel, atɔremude mma Yakob Nyankopɔn. Ɔde adi adanse, Yosef mu, ɛbere a ofii adi faa Misraim asase so, metee obi a minnim no kasa. Miyii ne mmati fii adesoa ase, ne ne nsa fii kyerɛnkyɛ ho; wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Me man, tie, na minni wo adanse! O, Israel, sɛ wubetie me ɛ! Mma Onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara. Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so mebae no, tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma. Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me. Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu. Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nantew m’akwan so ɛ! Anka ɛnkyɛ na mabrɛ wɔn atamfo ase, na madan me nsa mahyɛ wɔn ahohiafo. Anka AWURADE atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama no, na wɔn bere akyɛ akosi daa. Na ɔde awi mu awi pa bɛyɛn wɔn, na mede abotan mu wo mɛma woamee. Onyankopɔn gyina Onyankopɔn asafo mu, obu atɛn anyame ntam. Da bɛn na mubebu ntɛnkyew, na moahwɛ abɔnefo anim akosi? Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni. Munnye ɔbrɛfo ne hiani, munhwim wɔn mfi abɔnefo nsam. Wonnim de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow. Me de, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma, nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara. Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu. Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn. Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wokyi wo ama wɔn ti so. Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam, na wɔkɔ wɔn a wɔahintaw no ti so agyina. Wɔka sɛ: Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio. Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam. Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagarfo, Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifo asase ne wɔn a wɔte Tiro. Asaria nso de ne ho bataa wɔn ho, wɔaboa Lot mma. Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera, sɛ Yabin, Kison subon mu. Wɔsɛee wɔ En-dor, na wɔyɛe sɛ nwura dodow maa asase. Yɛ wɔn ne wɔn adehye sɛ Oreb ne Seeb, na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna, wɔn a wɔka sɛ: Momma yɛmfa Onyankopɔn afi nni no. Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a edi kyinhyia, sɛ mframa anim ntɛtɛwa. Sɛ ogya hyew kwae na ogyaframa taforo mmepɔw ho no, saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa dennen no yi wɔn hu. AWURADE, ma wɔn ani nwu, na wommisa wo din akyi kwan. Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa, na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera, na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so. Wo tenabea hɔnom yɛ fɛ dɛn ara, asafo AWURADE. Me kra ani gyina, ɛtɔ piti po, AWURADE adiwo no nti; me koma ne me honam di ahurusi ma Onyankopɔn teasefo. Nso akasanoma anya ɔdan, na asomfena anya buw a ɔbɛtow ne mma agu mu, ɛne w’afɔremuka no, asafo AWURADE, me hene ne me Nyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔte wo fi, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ. Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu, na w’atempɔn wɔ ne komam. Wotwam nusu bon no mu a, wɔdannan no nea mmasu wɔ, adonsu nso de nhyira pii kata so. Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim, Sion. AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso, Yakob Nyankopɔn! Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ, na hwɛ nea woasra no no anim. Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tena mmom sɛn sɛ mɛtena abɔnefo ntamadan mu. Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no. Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so. AWURADE, woadom w’asase, wode Yakob agyapade asan aba, wode wo man mfomso, akyɛ woakata wɔn bɔne nyinaa so. Woatwe w’anibere nyinaa, woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu. Yɛn nkwagye Nyankopɔn, san fa yɛn bra, na twa wo bo a ehuru yɛn no to wo yam. So wo werɛ bɛhow ahyɛ yɛn akosi daa a? Wobɛtwe w’abufuw mu akɔ awo ntoatoaso a edidi so mu? So worensan mma yɛn nkwa, na wo man ani nnye wo ho? AWURADE, ma yenhu w’adɔe, na fa wo nkwagye ma yɛn. Metie nea Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoesɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefo; na mma wɔnnsan nnkɔ nkwaseade mu. Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na anuonyam atena yɛn asase so. Ɔdom ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoe adi mfewano. Nokware befifi asase so, na trenee afi soro ahwɛ. Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae. Trenee bedi n’anim, na asi n’anammɔn kwan so. AWURADE, brɛ w’aso ase tie me, na meyɛ mmɔboroni ne hiani. Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefo, wo, me Nyankopɔn, gye w’abofra a ɔde ne ho tweri wo. O, AWURADE hu me mmɔbɔ, na wo na misu mefrɛ wo daa adesae. Ma w’akoa kra ani nnye, na wo, Awurade, na mema me kra so mema. Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa. AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ, na tie me nkotɔsrɛ nne. M’ahohia da mu mefrɛ wo, na wubegye me so. Obiara nte sɛ wo, anyame mu, Awurade, na biribiara nte sɛ wo nnwuma. Amanaman a woyɛe nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, Awurade, na wɔabɛhyɛ wo din anuonyam. Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn. AWURADE, kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din. O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa, sɛ w’adɔe so wɔ me so, na woayi me kra afi asaman bun mu. Onyankopɔn, ahantanfo asɔre ahyɛ me, na atirimmɔdenfo asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so. Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso. Dan w’ani kyerɛ me, na dom me, fa w’ahoɔden ma w’akoa, na gye w’afenaa ba nkwa. Yɛ me ho sɛnkyerɛnne ma ensi me yiye, na m’atamfo nhu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekye me werɛ. Onyankopɔn kurow a ɔkyekyee wɔ mmepɔw kronkron so: AWURADE dɔ Sion apon sen Yakob tenabea nyinaa. Wɔka wo ho anuonyamsɛm, Onyankopɔn kurow. Sɛ mebɔ Misraimfo, Babelfo Filistifo ne Etiopiafo din mefra wɔn a wonim me mu mpo a eyinom wɔwoo wɔn wɔ hɔ ara. Hwɛ, Filistia ne Tiro ne Etiopia nso, nea wɔwoo no wɔ hɔ no ni. Na Sion ho de, wɔbɛka sɛ: Wɔwoo wɔn nyinaa mmiako mmiako wɔ ne mu, na ɔsorosoroni no ankasa na ɔma n’ase tim. Sɛ AWURADE kyerɛw aman din a, ɔbɛka sɛ: Oyi, wɔwoo no hɔnom. Na nnwontofo ne asawfo bɛka sɛ: Me mmasu nyinaa wɔ wo mu. Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn, misu mefrɛ wo awia ne anadwo, ma me mpaebɔ nnu w’anim, brɛ w’aso ase ma me nteɛm. Na ɔhaw ayɛ me kra ma, na me nkwa rebɛn asaman. Wɔkan me fra wɔn a wɔkɔ amoa mu mu, mayɛ sɛ ɔbarima a onni ɔboa bi. Wɔatow me akyene awufo mu, sɛ atɔfo a wɔde wɔn agu ɔda mu a wonkae wɔn bio, na wɔatwa wɔn afi wo nsam. Wode me ato amoa donkudonku mu, esum mu, ebun ase tɔnn. W’abufuhyew hyɛ me so, na woma w’asorɔkye nyinaa gu me so. Woayi m’amannifo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyide, wɔato me mu a meremfi adi. Amane ama m’aniwa akisa, mefrɛ wo, AWURADE, daa adesae, metrɛw me nsam mekyerɛ wo. So wobɛyɛ anwonwade akyerɛ awufo, anaasɛ nsamanfo bɛsɔre ayi wo ayɛ? So wɔbɛka w’adɔe ɔda mu anaa wo nokwaredi ɔsɛe amoa mu? So wobehu w’anwonwade, sum mu, ne wo trenee, awerɛfiri asase so? Na me de, wo, AWURADE, na misu mefrɛ, na me mpaebɔ tua wo ahema. AWURADE, adɛn na wotow me kra kyene, adɛn nti na wode w’anim hintaw me? Meyɛ mmɔboroni, na mereyɛ mawu fi me mmofraase, wo ho hu akura me, na metɔ ntintan. W’abufuw abu afa me so, w’ahide atware me; atwa me ho ahyia te sɛ nsu daa adesae, ɛbom twa me ho dantaban. Woayi ɔdɔfo ne adamfo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, na me manni akɔ sum mu. Mɛto AWURADE adɔe ho dwom daa, mede m’ano mɛka wo nokwaredi makyerɛ awo ntoatoaso a edidi so; na mɛka sɛ: Adɔe besi so daa, ɔsoro hɔ na wode wo nokwaredi atim. Me ne nea mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid: Mɛma w’asefo atim akosi daa, na mama w’ahengua asi so akodu awo ntoatoaso a edidi so so. Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwonwade ayɛ, ne wo nokware nso wɔ akronkronfo asafo mu. Na hena na ɔwɔ wim a wɔde no bɛto AWURADE ho, hena na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu? Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, kronkronfo guabɔ kɛse no mu, na wosuro no sen wɔn a wɔatwa ne ho asi nyinaa. AWURADE, asafo Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Otumfo AWURADE, wo nokwaredi atwa wo ho ahyia. Wo na wudi po mpatabiribiriyɛ so, sɛ n’asorɔkye sɔre a, wo na wudwudwo ano. Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfo, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam. Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo; wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ ase. Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi. Tumi basa wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so. Trenee ne atemmu ne w’ahengua nnyinaso, adɔe ne nokware gyina w’anim. Nhyira ne ɔman a wonim osebɔ, na wɔnantew wo, AWURADE, anim hann mu. Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn daa nyinaa, na wo trenee mu na wɔama wɔn so. Na wɔn ahoɔden ahyehyɛde ne wo, na wo dom mu na wɔama yɛn abɛn so. Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no. Da bi wokasae anisoadehu mu kyerɛɛ w’ahotefo sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔapaw no fi ɔman no mu so. Mahu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no. Ɔno na me nsa bɛma watim, na me basa nso ahyɛ no den. Ɔtamfo bi rensisi no, na obusuyɛfo bi renhyɛ no so. Na mebubu n’anim ahohiafo, na mabobɔ wɔn a wɔtan no. Na me nokwaredi ne m’adɔe ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn so. Na mede ne nsa mesi po mu, na mede ne nifa masi nsubɔnten so. Ɔno de, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagye botan! Na me nso mede no mɛyɛ m’abakan, asase so ahene mu pumpuni. Mɛkora m’adɔe so mama no daa, na m’apam atim hɔ ama no. Mɛma n’asefo atena hɔ daa, ne n’ahengua sɛ ɔsoro nna. Sɛ ne mma gyaw me mmara, na wɔnnantew m’atemmude mu, sɛ wogu m’ahyɛde ho fi na wonni me mmara nsɛm so a, ɛno de mede abaa mɛba mabɛhwɛ wɔn mmarato, na mede ɔhaw ahorow mabɛhwɛ wɔn amumɔyɛ. Na m’adɔe de, merenyi mimfi wɔn ho, na merenyɛ me nokwaredi no ho nsakyinsayam. Merengu m’apam ho fi, na merensakra nea afi m’anom no. Maka me kronkronyɛ ho ntam biako, merenni Dawid huammɔ. N’asefo bɛtena hɔ daa, na n’agua ayɛ m’anim sɛ owia. Ebetim hɔ sɛ ɔsram daa, na ɔsoro dansefo no yɛ ɔnokwafo. Na wo ankasa de, woatow akyene na ayɛ wo nwini, na woafa nea woasra no no abufuw. Woapo w’akoa apam, woahura n’abotiri ho de ato fam. Woadwiriw ne ban nyinaa agu, woama n’aban akɛse ayɛ agowagow. Wɔn a wotwam ɔkwan no so nyinaa fow no, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho. Woama n’ahohiafo nifa so, woama n’atamfo nyinaa ani agye. Woadan n’afoa ano nso, na woamma wannyina ɔsa mu. Woama n’anuonyam apa, na woatow n’agua akyene fam. Woatwa ne mmerantebere nna so, wode aniwu akata no so. Enkosi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho behintaw daa yi ama w’abufuw adɛw sɛ ogya? Kae me nna tiaa a ɛyɛ! Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa? Ɔdesani bɛn na ɔte ase a ɔrenhu wu, na obeyi ne kra afi asaman nsam? Ɛhe na wo kan adɔe no wɔ, Awurade, nea wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokware mu no? Awurade, kae wo nkoa ahohora a efi aman dodow no nyinaa mu a ɛda me koko so no. AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora, wɔbɔ nea woasra no no anammɔn ahohora! Nhyira nka AWURADE daa. Amen ne Amen. Awurade, wo na woayɛ yɛn guankɔbea, awo ntoatoaso nyinaa mu. Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn. Woma ɔdesani dan mfutuma, na wuse: Onipa mma, monsan mmra mo dɔte mu. Na mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu ne anadwo mu dasu. Woma wɔsen kɔ sɛ sunsuansu, wɔte sɛ adaeso, anɔpa wɔfefɛw sɛ wura, anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm na ɛfefɛw, anwummere wotwa, na atwintwam. Na yɛresa w’abufuw mu, na yɛahyew w’abufuhyew no ano. Wode yɛn amumɔyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu. Na yɛn nna nyinaa twam kɔ w’abufuw mu, yɛhwere yɛn mfe sɛ asutu bi. Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔsɔn, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so, na yetu kɔ. Hena na ohu w’abufuw ano den a ɛyɛ, ne w’anibere, sɛ wo ho suro te? Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma. AWURADE, san w’akyi, ɛno, da bɛn ara? Na ma wo nkoa ade nyɛ wo mmɔbɔ. Fa w’adɔe ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurusi, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu. Ma yɛn ho nsan yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu ne mfe a yehuu mu bɔne no. Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’anuonyam nna adi wɔn mma so. Na Awurade yɛn Nyankopɔn animtew mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma ɛnyɛ yiye mma yɛn, yiw, yɛn nsa ano adwuma na ma ɛnyɛ yiye. Nea ɔte ɔsorosoroni no hintabea, Mekyerɛ nea ɔte Otumfo no nwini ase no, Bese AWURADE sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so. Ampa ara ɔno na obegye wo afi ofirisumfo afiri mu ne owuyare sɛe mu. Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔdɔ, ɔkyɛm ne nkatabo ne ne nokware. Worensuro anadwo wibɔ, bɛmma a etu nam awia, ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsan yare a ɛsɛe ade awia ketee. Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo. W’aniwa nko na wode bɛhwɛ, na woahu abɔnefo akatua. Na wo, AWURADE, ne me guankɔbea, Yiw, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea. Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntamadan. Na wahyɛ n’abɔfo ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so w’akwan nyinaa mu. Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na wo nan ampem ɔbo. Wobɛnantew gyata ne ahurutoa so, wubetiatia gyataforo ne ɔtweaseɛ so. Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din. Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam. Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye. Eye sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni, sɛ wɔka w’adɔe anɔpa ne wo nokwaredi anadwo, sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu. Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi. AWURADE, wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii. Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu. Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora. Na wone nea ɔsorotena wɔ no daa, AWURADE. Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa, Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE, W’atamfo no de wɔbɛyera Na woma m’abɛn so sɛ okoo de, wode ngo foforo gu me so. Na m’aniwa hu nea mepɛ m’atɛwfo so, na m’aso te nea ɛyɛ me dɛ, abɔnefo a wɔsɔre hyɛ me no ho. Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru. Wɔn a wɔtɛw wɔn AWURADE fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so. Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara, na wɔaka akyerɛ sɛ AWURADE teɛ, ɔne me botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu. AWURADE di hene, ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhim. W’agua tim hɔ fi tete, wowɔ hɔ fi daa. Asuten ama so, AWURADE, asuten ama wɔn nne so, asuten ma wɔn huuyɛ so. Nea ɔsen nsukɛse nne, nsu a ɛwɔ tumi, po mu asorɔkye nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfo AWURADE W’adansesɛm yɛ nokware pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fi, AWURADE, nnasanten nyinaa. Aweredi Nyankopɔn, AWURADE, aweredi Nyankopɔn, pue. Asase temmufo, ma wo ho so, tua ahokyerɛfo ka. AWURADE, enkosi da bɛn na abɔnefo, enkosi da bɛn na abɔnefo nni ahurusi? Wɔka asɛnnennen, amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm. Wo man de, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapade ase. Wokum okunafo ne ɔhɔho, na wodi nyisaa awu; na wɔka sɛ: AWURADE renhu, na Yakob Nyankopɔn remmu. Ɔman mu agyimifo, monte ase, na mo nkwasea, da bɛn na mubehu de? Nea ɔtɛw aso no, so ɔrente asɛm, anaa nea ɔnwenee aniwa no, ɔrenhu ade? Nea ɔtwe amanaman aso no, so ɔrenteɛ so, nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ? AWURADE hu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhude. Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso, na wufi wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no, sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodam akosi sɛ wobefunu amoa ama ɔbɔnefo. Na AWURADE rentow ne man nkyene, na ɔrennyaw n’agyapade, na atemmu bɛsan akɔ trenee mu, na komam teefo nyinaa bedi akyiri. Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me? Hena na obegyina ne amumɔyɛfo adi asi ama me? Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafo a, anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu. Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, AWURADE, w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani. So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa? Wɔbɔ ɔtreneeni kra so tukuw, na wobu mogya a edi bem fɔ. Nanso AWURADE ayɛ me abankɛse, na me Nyankopɔn ayɛ me guankɔbea botan. Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ. Mommra mma yɛnto anigye dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye botan. Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurusi mma no. Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so. Ne nsam na asase mu ahintade wɔ, na mmepɔw so srɔnsrɔn nso wɔ no. Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛe, na asase kesee nso, ne nsa na ɛnwenee. Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre AWURADE, yɛn yɛfo anim. Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn de, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo ne ne nsam nguan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! Monnyɛ mo koma dennen sɛ Meriba, sɛ Masa da no, sare so hɔ, bere a mo agyanom gyigyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛe no, nanso wɔanya me nnwuma nhui. Mfe aduanan na awo ntoatoaso no ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Ɔman a wɔfom komam ne wɔn. Na wɔn de, wɔanhu m’akwan. Na ɛma mekaa m’abufuw mu ntam, sɛ wɔrennu me home mu. Monto dwom foforo mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE. Monto dwom mma AWURADE, munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da. Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu. Na AWURADE yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so, na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro. Ɔharan ne anuonyam wɔ n’anim, tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ. Aman mmusuakuw, momfa mma AWURADE momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE. Momfa AWURADE din anuonyam mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’abangua so. Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim. Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhim, na obedi aman so, trenee mu. Ma Ɔsoro ani nnye na asase ho asan no, Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo. Ma Petee mu ne nea ɛwom nyinaa nni ahurusi, ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan nnwom, Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu. AWURADE di hene ma, asase ho san no, nsupɔw bebree no ani gye. Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso. Ogya di n’anim, na ɛrehyew n’ahohiafo hyia. N’anyinam haran wiase, asase hu, na ɛpopo. Mmepɔw nan sɛ hweawa AWURADE anim, asase nyinaa Awurade anim. Ɔsoro keka ne trenee kyerɛ, na aman nyinaa hu n’anuonyam. Ahonisomfo, wɔn a wɔde abosonhuhuw hyehye wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkotow no. Sion te, na n’ani gye, Yuda mmabea ho san wɔn, AWURADE, w’atemmu nti. Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa, wɔ anyame nyinaa so. Mo a modɔ AWURADE, munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam. Wɔde hann agu ama ɔtreneeni, ne anigye ama koma mu teefo. Treneefo, mo ani nnye AWURADE ho, na munyi ne din kronkron ayɛ. Monto dwom foforo mma AWURADE, na wayɛ anwonwade, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. AWURADE ama wɔahu ne nkwagye, wayi ne trenee adi, amanaman anim. Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi, asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye. Nsaase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE, monteɛm nni ahurusi nto ayeyi dwom. Monto dwom mma AWURADE, sanku so, ɔsanku ne dwonto nne so. Momfa torobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, ɔhene AWURADE anim. Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo, wiase ne wɔn a wɔte mu. Ma asu akɛse mmobɔ nsam, mmepɔw mmom nni ahurusi, AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu. AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him. AWURADE yɛ kɛse wɔ Sion, na wɔama no so, aman nyinaa so. Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron. Ɔhene tumfo a wodɔ atemmu, wo na wubu atɛntrenee, Yakob mu atemmu ne trenee, wo na wubu. Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne nan ase agua anim, ɔno na ɔyɛ kronkron. Mose ne Aaron wɔ n’asɔfo mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ogyee wɔn so. Ɔkasa kyerɛɛ wɔn omununkum dum mu, wodii n’adansesɛm ne ahyɛde a ɔde maa wɔn no so. AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wugyee wɔn so, woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ, ne wɔn nneyɛe so weredifo. Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne bepɔw kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron. Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. Momfa anigye nsom AWURADE, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim. Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan. Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so. Mɛto adɔe ne atemmu ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom mama wo. Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi. Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so, mikyi ahohwisɛnni, ɛremfam me ho. Koma kɔntɔnkye mpare me, bɔne rensɔ m’ani. Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no. M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtena me ho; nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me. Nea otwa nkontompo rentena me dan mu, nea ɔkeka atosɛm rennyina m’anim. Daa anɔpa metwitwa asase so abɔnefo nyinaa, na matu amumɔyɛfo nyinaa mafi AWURADE kurow mu. AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnu w’anim. Nyi w’anim nhintaw me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a misu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so. Na me nna hi sɛ owusiw, na me nnompe adɔ sɛ muka. Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so. M’apinisi nne nti me nnompe afomfam me werem. Mete sɛ sare so pokupoku, mayɛ sɛ amamfo so patu. Misi pɛ, mete sɛ akasanoma a ne nko si ɔdan atifi. Daa adesae na m’atamfo bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka. Na madi nso sɛ aduan, na mede osu mafra m’anonne mu. Efi w’abufuw ne w’anibere so, sɛ womaa me so, na woatow me akyene. Me nna te sɛ sunsuma a ɛretwam, na me de, mikisa sɛ fan. Na wo, AWURADE de, wowɔ hɔ daa, na wo nkae kodu awo ntoatoaso nyinaa so. Wobɛsɔre abehu Sion mmɔbɔ, na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛbere no adu. Na wo nkoa wɔ n’abo ho koma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfutuma ho. Na amanaman besuro AWURADE din, na asase so ahene nyinaa asuro w’anuonyam, sɛ AWURADE akyekye Sion, wayi ne ho adi n’anuonyam mu, wadan n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ. Wɔbɛkyerɛw eyi ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no beyi AWURADE ayɛ, sɛ wafi ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE fi soro na ahwɛ asase, sɛ obetie apokyerɛfo apinisi, na wasan owu mma; na wɔabɔ AWURADE din Sion, aka n’ayeyi Yerusalem, da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano, ne ahenni, sɛ wɔbɛsom AWURADE. Wagow me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so. Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfe kyɛ kodu awo ntoatoaso nyinaa so. Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma. Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wutim hɔ daa. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra. Na wone wo ara, na wo mfe rensa da. Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefo atim w’anim. Me kra, hyira AWURADE, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron. Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa. Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. Ogye wo nkwa fi amena mu, ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri. Ɔde adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre. AWURADE di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa. Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe. Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne AWURADE, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa. Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe so, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ Apuei ne Atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma. Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren. Sɛ mframa bɔ fa no so a, na onni hɔ, na ne sibea nnim no bio. Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma, ma wɔn a wodi n’apam so, na wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ. AWURADE de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so. AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. AWURADE asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no. AWURADE nnwuma nyinaa, munhyira no, mmeaemmeae a odi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE. Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔharan ne anuonyam. Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam, wode wo mpia sɛm nsu so, wode amununkum yɛ wo teaseɛnam, wode mframa ntaban nenam. Wode mframa yɛ w’abɔfo, wode gya a ɛdɛw yɛ w’asomfo. Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da. Wode ebun kataa so sɛ atade, nsu gyinaa mmepɔw so, w’animka nti eguanguanee, wo prannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔe, mmepɔw momaa wɔn ho so, ɛsen kokɔɔ abon mu, nea woasiesie ama wɔn hɔ. Woatwa ɔhye sɛ ɛnntra, na ansan ammɛkata asase so. Oyi nsuaniwa, abon mu, ɛsen nenam mmepɔw ntam, Ɛma wuram mmoa nyinaa nom bi, torɔm de kum wɔn sukɔm. Ɛso na wim nnomaa tetee, nnubaa mu na wofi ma wɔn nne so. Ofi ne soro mpia mu gu mmepɔw so nsu, wo nnwuma so aba mee asase. Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu. Na nsa ama ɔdesani koma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ, na aduan awowaw ɔdesani koma. Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon nkyeneduru a oduae no. Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, asukɔnkɔn wɔ ne fi, ɔpopaw nnua so. Mmepɔw atenten yɛ guankɔbea ma akakragya, na abotan yɛ ma nkukuban. Ɔyɛɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere mu nsakrae, owia nim ne tɔbere. Woma sum duru, na ade sa, ɛno mu na kwae mu mmoa nyinaa keka wɔn ho. Gyataforo bobom di mmoa akyi, na wɔkɔpɛ wɔn aduan, Onyankopɔn nsam. Owia pue a, wɔtwe wɔn ho, na wobutubutuw wɔn atu mu. Onipa fi kɔ n’adwuma ne ne dwumadi ho kosi anadwofa. AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma. Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛw haharaa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a enni ano nennamee, mmoa nketewa ne akɛse. Ɛhɔ na ahyɛn nennamee, bonsu a woyɛɛ no sɛ ongoru mu no ni. Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ ma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. Woma wɔn, na wɔtase, wubue wo nsam, na adepa mee wɔn. Wuhintaw w’ani, na wɔpatuw wu, wuyi wɔn ahome, na wogyaa mu, na wɔsan kɔ wɔn mfutuma mu. Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforo. Ma AWURADE anuonyam ntena hɔ daa, ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu. Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosow, ɔka mmepɔw na efi wusiw. Mete ase yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyi dwom mama me Nyankopɔn. Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani begye AWURADE ho. Ma nnebɔneyɛfo nsa, asase so, na mma abɔnefo nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Munyi AWURADE ayɛ. Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no, munnwen n’anwonwade nyinaa ho nka. Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no koma ntɔ wɔn yam. Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi. Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm no, mo, n’akoa Abraham asefo, Yakob a oyii no no mma. Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmu fa asase nyinaa so. Ɔkae n’apam no de kosi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso apem no, apam a ɔne Abraham pamee, ne ne ntam a ɔkaa Isak no, na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde, na ɔde maa Israel sɛ daa apam no, sɛ: Wo na mede Kanaan asase mɛma wo sɛ mo agyapade a wɔkyɛ no hama so. Ɛbere a nnipa no ano nnɔɔso, wɔyɛ kakraa bi ne ahɔho wɔ hɔ, na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu, wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu no, wamma obi kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim sɛ: Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi. Na ɔmaa ɔkɔm baa asase no so, obubuu aduan poma nyinaa mu. Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa. Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu, kosii bere a n’asɛm baa mu, AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe. Ɔhene soma ma wokotuu no, nea odi aman so no ma wɔkɔsan no. Ɔde no sii ne fi so panyin, ne nea ɔwɔ nyinaa sodifo, sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene nea ɔpɛ, na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa. Ɛnna Israel baa Misraim, na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so hɔho. Na ɔmaa ne man ase fɛee bebree, na ɔma wɔyɛɛ den sen wɔn ahohiafo. Ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne man, na wɔmfa anifere nhyɛ ne nkoa so. Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a oyii no no. Woyii ne nsɛnkyerɛnne sii wɔn mu, ne anwonwade, Ham asase so. Ɔmaa sum bedurui, nanso wɔannwen ne nsɛm ho. Ɔdannan wɔn nsu mogya, na ɔde kum wɔn mpataa. Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛn manyamanya ma wɔbaa wɔn ahene mpia mu. Ɔkae, na atɛn bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so. Ɔde amparuwbo yɛɛ wɔn sutɔ ma ogyaframa baa wɔn asase so. Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma, na obubuu wɔn asase so nnua. Ɔkae, na mmoadabi, ne mmɛbɛw a wɔn dodow nni ano, bae na wobedii wɔn asase so ahaban nyinaa, na wodii wɔn mfuw so aduan. Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa mma a edi kan. Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika fi kɔe, na mmerɛwni bi nni ne mmusuakuw mu. Wɔn adifi yɛɛ Misraimfo anigye, na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so. Ɔtrɛw omununkum mu yɛɛ nkataso, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. Wobisae, na ɔde mmoko bae, na ɔde ɔsoro aduan ma wɔmee. Obuee ɔbotan maa nsu tuei, ɛteɛɛ wɔ nkyerekyerewa so sɛ asubɔnten. Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham, na oyii ne man ma wɔde abotɔyam fii adi, ɔmaa wɔn a ɔpaw wɔn no de ahurusi kɔe. Na ɔde amanaman nsaase maa wɔn, na wodii nkurɔfo adwuma so ade, sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛde nyɛ, na wonni ne mmara so. Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Hena na obetumi aka AWURADE mmaninne, na wama wɔate n’ayeyi nyinaa? Nhyira ne wɔn a wokura atemmu mu, ne nea odi asɛntrenee daa nyinaa. AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagye mu, bɛhwɛ me, na minhu wɔn a woapaw wɔn no yiyedi, na m’ani nnye wo nkurɔfo no anigye ho bi, na me ne w’agyapade nhyehye yɛn ho. Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse. Yɛn agyanom anhu w’anwonwade Misraim, wɔankae w’adɔe dodow no, na wɔtew atua ɛpo ho, mmɛw po ho. Nanso ne din nti ogyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahu ne mmaninyɛ. Ɔteɛteɛɛ mmɛw po no ma ɛyowee, na ɔde wɔn faa abun mu sɛ sare so. Na ogyee wɔn fii nea okyi wɔn no nsam, na oyii wɔn fii ɔtamfo nsam, na nsu kataa wɔn ahohiafo so, wɔn mu biako po anka. Ɛnna wogyee ne nsɛm dii, wɔtoo n’ayeyi dwom. Wɔn werɛ fii ne nneyɛe ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatu. Na wɔn kɔn dɔe ntraso sare so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe nkyerekyerewa so. Ɛnna ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu. Na wɔn ani beree Mose, nsra no mu, ne Aaron, AWURADE hotefo no. Asase bue menee Datan, na ɛkataa Abiram asafo so. Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo, ogyaframa taforoo abɔnefo no. Wɔyɛɛ nantwi ba Horeb, na wɔkotow ohoni a wogui. Na wɔsakraa wɔn anuonyam yɛɛ no nantwi a ɔwe wura sɛso. Wɔn werɛ fii Nyankopɔn a ogyee wɔn, na ɔyɛɛ nneɛma akɛse Misraim, na ɔyɛɛ anwonwade, Ham asase so, ne ahude, mmɛw po ho no. Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn. Na wɔtoo asase a eye no ho mpe, wɔannye n’asɛm anni. Wonwiinwii wɔn ntamadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm. Ɛnna ɔmaa ne nsa so hyɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔatotɔ sare so, na wabɔ wɔn asefo agu amanaman mu, na wapansam wɔn, nsaase so. Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wodii adefunu afɔrebɔde, na wɔde wɔn nneyɛe yii no ahii, na owuyare baa wɔn mu. Na Pinehas sɔre gyina patae, na osoo owuyare no ano. Na wobuu eyi trenee maa no kɔɔ mma mma so kosi daa. Na woyii no abufuw, Meriba nsu no so, na wɔn nti ewiee Mose bɔne. Na wɔhow ne honhom werɛ, na ɔde n’ano woroo nsɛm. Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no, na wɔfrafraa amanaman no mu, na wosuasuaa wɔn nneyɛe. Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdan wɔn afiri. Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmabea bobɔɔ afɔre maa abosom, na wɔkaa mogya a enni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mogya, wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni, ma mogya guu asase no ho fi. Na wɔde wɔn nneyɛe maa wɔn ho yɛɛ nwini, na wɔde wɔn nsɛnnii dan nguaman. Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ ne man, na okyii n’agyapade. Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa, na wɔn a wokyi wɔn dii wɔn so. Na wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase. Ogyee wɔn mpɛn pii, na wɔn de, wɔyɛɛ mpi tew atua, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumɔyɛ mu. Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, otiee wɔn nkɔmmɔdi no. Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔe dodow nti ɔyɛɛ timmɔbɔ. Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa huu wɔn mmɔbɔ. Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho. Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn fi daapem kosi daapem, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Munyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka sa, wɔn a wagye wɔn afi ɔhohiafo nsam, na waboaboa wɔn ano afi nsaase so, afi apuei ne atɔe, afi atifi fam ne anafo fam. Wokyinkyinii sare so, nkyerekyerewa a ɛso nni kwan so, wɔanhu kurow bi antena mu. Ɔkɔm dee wɔn, osukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti. Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu, na ɔde wɔn faa ɔkwantrenee so sɛ wɔnkɔ kurow a wobetumi atena mu so. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, sɛ wama ɔkra a ne ho ayow amee, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma. Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amane ne dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu, efisɛ wɔtew Onyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔtew ɔsorosoroni no agyina ahi, na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafo bi nni hɔ. Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. Oyii wɔn fii sum ne sum kabii mu, na obubuu wɔn mpokyerɛ mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, sɛ wabubu kɔbere apon, na watwitwa adaban mu asinasin. Agyennyentwi, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumɔyɛ nti wohuu amane. Wɔn kra kyi aduan nyinaa, na wɔbɛn owu abobow ano. Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare, na oyii wɔn fii wɔn amoa mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, na wɔmmɔ aseda afɔre, na wɔmfa ahurusi dwom nka ne nneyɛe. Wɔn a wosian kɔɔ po so ahyɛn mu na wokodii nsu akɛse mu dwuma no, wɔn na wohuu AWURADE nneyɛe, ne n’anwonwade ebun mu, na ɔka maa ahum kɛse tui, na ɛmaa n’asorɔkye so. Wɔforo kɔɔ soro, na wosian kɔɔ bun donkudonku mu, ahohia nti wɔn kra hodwowee. Wokyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim. Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkye no yɛɛ konii. Na wɔn ani gyei sɛ ano adwo komm, na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinae a wɔhwehwɛ no: Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade nnipa mma mu, na wɔmma no so, ɔman ahyiae mu, na wonyi no ayɛ, mpanyimfo guabɔ mu. Ɔdan asuten ma ɛyɛ sare, ne nsuaniwa ma ɛyɛ nkyerekyerewa. Asase a ɛba aduan dan asase kesee, wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti. Ɔdan sare ma ɛyɛ ɔtare, ne nkyerekyerewa ma ɛyɛ nsu aniwa, na ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔtenaa hɔ, na wɔkyekyee kurow tenaa mu, na wɔyɛɛ mfuw, na wɔtetɛw bobe nturo, na wonyaa nnɔbae pii. Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhuan. Afei wɔn so huanee, na wɔbrɛɛ wɔn ase, efi nhyɛso, ɔhaw ne awerɛhowhyɛ. Ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ɔma wokyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so. Na ɔmaa ohiani so fii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nguankuw. Treneefo behu na wɔn ani agye, na amumɔyɛ nyinaa bemua n’ano. Obiara a ɔyɛ onyansafo no, ma ommu eyinom, na ma wonnya AWURADE adɔe mu ahuye. Me koma atim, Onyankopɔn, mɛto dwom, na mayi ayɛ, m’anuonyam na ɛbɛyɛ saa. Bɛnta sanku ne sankuten, nyan, menyan adekyeehema. AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyi dwom mama wo, aman mu. Na w’adɔe so tra ɔsoro, na wo nokware du wim tɔnn. Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’anuonyam so asase nyinaa so. Nea ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so. Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu; medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon. Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dade kyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma. Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, Filistia so na mɛbɔ ose. Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom? Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? Bɛboa yɛn fi ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi. Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so. M’ayeyi Nyankopɔn, mmua w’ano. Na abɔnefo ne nkontompofo abue wɔn ano ahyɛ me, wɔde atoro tɛkrɛma akeka me ho nsɛm, na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa. Wɔtan me de hyɛ me dɔ ananmu, na me de, mpae ara na mebɔ. Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wokyi me de hyɛ me dɔ ananmu. Fa ɔbɔnefo si no so, na ma Satan nnyina ne nifa. Wobu no atɛn a, ma onni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnan no bɔne. Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa, ne mma nyɛ nyisaa, na ne yere nnan okunafo, na ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade, na womfi wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduan. Ma ɔpempensifo nsa nka nea ɔwɔ nyinaa, na ananafo mfow n’adwuma so ade. Mma obiara nnyɛ no adɔe, na obiara nnnom ne nyisaa. Ma wɔntɔre n’ase, ma wɔn din ngu awo ntoatoaso a edi so yi mu. Wɔnkae n’agyanom amumɔyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpopa. Ɛntena AWURADE anim daa, na ontwa wɔn ho nkae mfi asase so. Esiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na ɔtaa onipa mmɔboroni ne ohiani ne nea ne koma abubu, sɛ obekum wɔn. Sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba no so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam pan. Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atade, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo. Ma ɛnyɛ no sɛ ntama a ofura ne abɔso a ɔde kyekyere ne ho daa. Eyi ne me ho asɛmpɛfo akatua a efi AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no de. Na wo, AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔe no ye, yi me! Na meyɛ mmɔboroni ne hiani, na me koma apira wɔ me mu. Mekɔ sɛ sunsuma a ɛrekɔtɔ, wɔawosow me akyene sɛ mmɛbɛw. Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, na srade apa mu. Na me de, madan ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwosow wɔn ti. Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn, gye me sɛnea w’adɔe te, na wonhu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛe. Wɔn de, wɔdome, na wo de, wuhyira; wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa de, n’ani gye. Me ho asɛmpɛfo bɛhyɛ aniwu, na wɔafura wɔn ahohora sɛ ntama. Mede m’ano mɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyi dwom mama no nnipa bebree mu, sɛ ogyina ohiani nifa, na ɔregye no afi wɔn a wobu ne kra atɛn nsam. AWURADE asɛm a osee me wura ni: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Wo tumidi poma no, AWURADE fi Sion bɛteɛ. “Di hene w’atamfo mfinimfini!” Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam. AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so. Awurade a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obedi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so. Ɔbɛnom ɔkwan ho asuten mu nsu, enti na ɔbɛma ne ti so. Munyi AWURADE ayɛ! Mede me koma nyinaa mɛkamfo AWURADE, treneefo guabɔ ne asafo mu. AWURADE nneyɛe yɛ akɛse, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyi kwan. N’adwuma yɛ nidi ne anuonyam, na ne trenee gyina hɔ daa. Wama wɔakae n’anwonwade, ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE. Ɔma wɔn a wosuro no didi mee, ɔkae n’apam daapem. Wayi ne nneyɛe tumi akyerɛ ne man de amanaman agyapade ama wɔn. Ne nsa ano nneyɛe yɛ nokware ne atemmu, n’ahyɛde nyinaa tim hɔ pintinn. Etintim hɔ daa daa, wɔayɛ no nokware ne tee mu. Wasoma ogye abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kosi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu. Nyansa mfiase ne AWURADE suro, ɛyɛ nimdeɛ pa ma wɔn a wodi so nyinaa; n’ayeyi gyina hɔ daa. Munyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a osuro AWURADE, na onya ne mmara ho anika pii. N’asefo bɛyɛ kɛse asase so, wohyira treneefo awo ntoatoaso. Ade ne ahonya wɔ ne fi, na ne trenee wɔ hɔ daa. Hann pue sum mu ma nnipa trenee, ɔne ɔdomfo, mmɔborohunufo ne ɔtreneeni. Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, esi no yiye, obewie ne nsɛm di, atemmu mu. Na ɔrenhim da biara da, ɔtreneeni bɛyɛ daa nkae. Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, ne koma si hɔ pintinn da AWURADE so. Ne koma atim, ɔrensuro kosi sɛ obehu nea ɔpɛ, n’ahohiafo so. Ɔtow pete, ɔyɛ ahiafo yiye; ne trenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu. Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow; abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera. Munyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, munyi AWURADE din ayɛ. Nhyira nka AWURADE din mfi nnɛ nkosi daa. Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, AWURADE din sɛ ayeyi. Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’anuonyam tra ɔsoro. Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? Ɔma ohiani so fi mfutuma mu, na ɔma mmɔboroni so fi sumina so, sɛ ɔde wɔn bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. Ɔma ɔbaabonin nya ofi tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye. Munyi AWURADE ayɛ! Israel fii Misraim, na Yakob fifo fii ananafo man mu no, Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea. Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi. Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa. Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan, na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi? Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi? Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim. Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwɛrebo yɛɛ nsuaniwa. Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na anuonyam nka w’adɔe nti, wo nokware nti. Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no. Israel, fa wo ho to AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. Aaron fi, momfa mo ho nto AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. Mo a musuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Wɔn boa ne wɔn kyɛm. AWURADE akae yɛn, obehyira yɛn, obehyira Israel fi, obehyira Aaron fi, obehyira wɔn a wosuro AWURADE, nketewa ne akɛse nyinaa. AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma. Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no. Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma. Ɛnyɛ awufo na wobeyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wosian kɔ kommyɛ mu biara. Na yɛn de, yebehyira AWURADE afi nnɛ akosi daa. Munyi AWURADE ayɛ! Medɔ AWURADE sɛ otie me nne ne me nkotɔsrɛ. Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din. Owu nhama kyekyeree me, na asaman ahohia too me, mihuu ahoguan ne awerɛhow Na AWURADE din na mebɔe sɛ: O! AWURADE, gye me kra. Ɔdomfo ne ɔtreneeni ne AWURADE, Yiw yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo. AWURADE hwɛ ayemfo, miguroe, na ogyee me nkwa. Me kra, san kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yiye. Na woayi me kra afi wu mu, m’aniwa afi nusu mu, ne me nan afi asehwe mu. Mɛnantew AWURADE anim, ateasefo asase so. Magye madi, mpo bere a mekae sɛ: Me de, meyɛ mmɔbɔ sɛ! Mekae m’abotu mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofo. Dɛn na mede mɛhyɛ AWURADE anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ AWURADE din. Mede m’aboade mɛma AWURADE, ne man nyinaa anim. AWURADE ahotefo wu de, ɛbo yɛ den n’anim. O! AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba, woasan me nhama. Wo na mɛbɔ wo aseda afɔre, na mabɔ AWURADE din. Mede m’aboade mɛma AWURADE, ne man nyinaa anim, AWURADE fi adiwo, wo, Yerusalem, mfinimfini. Munyi AWURADE ayɛ! Amanaman nyinaa, munyi AWURADE ayɛ, aman nyinaa, monkamfo no. Na n’adɔe so yɛn so, na AWURADE nokware wɔ hɔ daa. Munyi AWURADE ayɛ. Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ma Israel nka ɛ: Yiw n’adɔe wɔ hɔ daa. Ma Aaron fifo nka ɛ: Yiw n’adɔe wɔ hɔ daa. Ma wɔn a wosuro AWURADE nka ɛ: Yiw, n’adɔe wɔ hɔ daa. Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw. AWURADE wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me? AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafo, na me nso mehu nea mepɛ m’atamfo so. Eye sɛ wɔkɔdɔ AWURADE sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa so. Eye sɛ wɔkɔdɔ AWURADE sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahene so. Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia, AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. Wɔatwa me ho ahyia awie koraa po, nanso AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. Wɔatwa me ho ahyia sɛ nnowa, wobedum sɛ nsɔe mu gya, AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. Wɔpoo me taw sɛ anka menhwe ase, na AWURADE aboa me. M’ahoɔden ne m’ayeyi dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye. Osebɔ ne nim gyigye treneefo ntamadan mu, AWURADE nifa di abaninsɛm. Wɔama nifa so, AWURADE nifa di abaninsɛm. Merenwu, na mmom menya nkwa, na maka AWURADE nneyɛe makyerɛ. Aso na AWURADE atwe me, na owu de, wamfa me amma no. Munhiɛ trenee aponkɛse mma me, na menhyɛn mu menna AWURADE ase. AWURADE ponkɛse ni, treneefo bɛhyɛn mu. Meda wo ase sɛ woagye me so, na woayɛ me nkwagye. Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw. AWURADE na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so. Eyi ne da a AWURADE ayɛ, momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye wɔ mu. O! AWURADE, gye nkwa ɛ, O! AWURADE, ma ensi yiye! Nhyira ne nea ɔnam AWURADE din so reba no, yefi AWURADE fi rehyira mo. AWURADE ne Nyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa nnubaa ntwa afahyɛ asefo no ho nhyia nkodu afɔremuka no mmɛn ho. Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase Me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so. Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara so. Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyi, nso wɔnyɛ amumɔyɛde, na wɔnam n’akwan so. Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn sɛ yenni so koraa. O, sɛ wɔateɛteɛ m’akwan, na midi w’ahyɛde so ɛ! Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnne anka m’ani renwu. Mede koma a ɛteɛ mɛda wo ase sɛ meresua wo trenee atemmude no. Medi w’ahyɛde so, nnyaw me korakora. Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se. Mede me koma nyinaa midi w’akyi, mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyin. Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi. Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. Mede m’ano maka w’anom atemmu nyinaa. W’adansesɛm kwan mu na m’ani gye, sɛnea egye ahonyade bi ho. Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan. W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm. Yɛ w’akoa yiye, na minnya nkwa, na madi wo nsɛm so. Bue m’aniwa, na menhwɛ wo mmara mu anwonwade. Meyɛ ɔhɔho asase so, mfa wo mmara nsɛm nhintaw me. Me kra posaw daa nyinaa, w’atemmu ho anigyina mu. Woateɛteɛ ahantanfo a wɔadome wɔn a wɔfom fi wo mmara nsɛm ho no. Yi ahohora ne aniwu fi me so, na madi w’adansesɛm so. Aman mpanyin nso tena ase keka me ho nsɛm a, w’akoa bedwen w’ahyɛde ho. W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara, na ɛyɛ m’agyinatufo. Me kra aka fam, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te. Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so, ma minsua w’ahyɛde. Ma minhu wo nsiesiei kwan mu, na minnwen w’anwonwade ho. Awerɛhow ama me kra anan, ma me so, sɛ w’asɛm te. Yi atoro kwan fi me ho, na fa wo mmara dom me. Mafa nokwaredi kwan, mede w’atemmude magu m’anim. Matim w’adansesɛm mu, AWURADE, mma m’ani nnwu. Mitu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛw me komam. AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase. Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so. Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so, na ɛno na ɛsɔ m’ani. Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so. Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho, ma minnya wo kwan mu nkwa. Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa a ɔde ne ho ama wo suro. Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu ntwa me ho, na w’atemmude ye. Hwɛ, mafe wo nsiesiei, ma minnya wo trenee mu nkwa. AWURADE, ma w’adɔe mmra mma me, ne wo nkwagye, sɛ w’asɛm te. Na manya asɛm bi mabua nea ɔbɔ me ahohora, na mede me ho meto w’asɛm so. Na nyi nokwasɛm no mfi m’anom koraa, na w’atemmude so na m’ani da. Na medi wo mmara so ara daa yi akosi daa ne daapem, na mɛnantew tatraa mu, na midi wo nsiesiei akyi. Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim, na m’ani renwu. Na me ho bɛsɛpɛw me wo mmara nsɛm ho, na ɛno na madɔ no, na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho, na madwen w’ahyɛde ho. Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no, efisɛ woma mede m’ani metoo so. Eyi ne m’awerɛkyekye m’amanehunu mu, efisɛ w’asɛm ma minya nkwa. Ahantanfo di me ho fɛw pii, nanso mennan mimfii wo mmara ho ɛ. AWURADE, mekae w’atemmu a efi teteete no, na mekyekye me werɛ. Abufuhyew hyɛ me so, abɔnefo a wogyaw wo mmara no nti. W’ahyɛde adan me nnwom, me hɔhoyɛ fi mu. AWURADE, mekae wo din anadwo, na midi wo mmara so. Eyi ayɛ me ade, sɛ mikura wo nsiesiei mu ara. AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ medi wo nsɛm so. Mede me koma nyinaa masrɛ wo: Dom me sɛnea w’asɛm te. Meda midwen m’akwan ho, na medan me nan mekyerɛ w’adansesɛm. Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so. Sɛ Abɔnefo nhama abobare me ho mpo a, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ. Mesɔre ɔdasum meda wo ase, wo trenee atemmude ho. Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo ɛne wɔn a wodi wo nsiesiei so. AWURADE, w’adɔe ahyɛ asase ma, ma minsua w’ahyɛde. Wo ne w’akoa adi no yiye, AWURADE, sɛ w’asɛm te. Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi. Wonnya mmrɛɛ me ase no, mefomee, na afei midi w’asɛm so. Wuye, na woyɛ yiye, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. Ahantanfo atoatoa atoro ato me so, me de, mede me koma nyinaa miso wo nsiesiei mu. Wɔn koma apirim wo mmara ho sɛ srade a ada, me de, wo mmara ho na me ho sɛpɛw me. Eye ma me sɛ wobrɛɛ me ase, na ama masua w’ahyɛde. W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem. Wo nsa na ɛyɛɛ me na esiesiee me, ma me nhumu, na minsua wo mmara nsɛm. Wɔn a wosuro wo behu me na wɔn ani agye, na w’asɛm so na m’ani da. AWURADE, mahu sɛ w’atemmu yɛ trenee, na wode nokwaredi abrɛ me ase. Ma w’adɔe nyɛ me awerɛkyekye ɛ, sɛnea wokaa w’akoa no. Ma wo mmɔborohunu mmra me so, na minnya nkwa, na wo mmara ne m’anika. Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo so. Me de, medwen wo nsiesiei ho. Ma wɔn a wosuro wo nnan mmra me nkyɛn, ne wɔn a wonim w’adansesɛm no. Ma me koma nyɛ pɛ, w’ahyɛde mu, na m’anim angu ase. Me kra tɔ wo nkwagye ho piti, w’asɛm so na m’ani da. W’asɛm nti m’ani ayɛ siamoo. Mise: Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ? Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu, nanso me werɛ mfi w’ahyɛde. W’akoa nna si ahe? Da bɛn na wubebu wɔn a wɔtaa me atɛn? Ahantanfo atutu amoa ama me, wɔn a wɔnte sɛnea wo mmara kyerɛ. Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. Wɔtaa me nkontompo so, boa me! Ate kumaa na wɔahyew me awie asase so, na me de, minnyaw wo nsiesiei. W’adɔe nti ma minnya nkwa, na madi w’anom adanse so. AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa, wɔ ɔsoro. Wo nokwaredi wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa, woasiesie asase, na egyina hɔ. Egyina hɔ nnɛ sɛnea w’ahyɛde te, na nneɛma nyinaa yɛ w’asomfo. Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔde a, anka masɛe m’amane mu. Me werɛ remfi wo nsiesiei ara da, na ɛno so na wonam ma minya nkwa. Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na midi wo nsiesiei akyi. Abɔnefo tɛw me asɛe me. Me de, m’ani ku w’adansesɛm ho. Mahu pɛyɛ nyinaa awiei, na wo mmara nsɛm trɛw pii. Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa. Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene. Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo nsiesiei midi so. Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so. Memman mimfii w’atemmu ho ɛ, na wo na woakyerɛkyerɛ me. Wo nsɛm yɛ me dodom dɛ dɛn ara! Ɛsen sɛ ɛwo hyɛ m’anom. Wo nsiesiei mu na minya nhumu, enti mikyi nkontompo kwan nyinaa. W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so. Wɔabrɛ me ase dodo, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te. AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anom ayamye afɔre ɛ, na ma minsua w’atemmude. Me kra da me nsam daa, nanso me werɛ mfi wo mmara. Abɔnefo asum me afiri, nanso memfom wo nsiesiei kwan ho ɛ. Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapade daa, na ɛno na ɛma me koma ani gye. Makom me koma sɛ mɛyɛ w’ahyɛde daa makosi ase. Mikyi adwene ntantafo, na medɔ wo mmara. Me guankɔbea ne me kyɛm ne wo, m’ani da w’asɛm so. Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so. Wowaw me, sɛ w’asɛm te, na manya nkwa, na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu. So me mu, na manya nkwagye, na mahwɛ w’ahyɛde no daa. Wubu wɔn a wɔfom w’ahyɛde so nyinaa animtiaa; efisɛ nkontompo nko ne wɔn nsisi. Wuyi asase so abɔnefo nyinaa hɔ sɛ afide, enti na medɔ w’adansesɛm. Wo ho hu ma me honam popo, na misuro w’atemmude. Mayɛ atemmude ne treneede, nnyaw me mma wɔn a wɔhyɛ me so. Di agyinam pa ma w’akoa, mma ahantanfo nnni me amim. M’ani ayɛ siamoo repɛ wo nkwagye ne wo trenee asɛm no. Wo ne w’akoa nni no sɛ w’adɔe te, na ma minsua w’ahyɛde. W’akoa ne me, ma me nhumu, na minhu w’adansesɛm. Bere adu sɛ AWURADE yɛ biribi, efisɛ wɔatu wo mmara agu. Enti medɔ wo mmara nsɛm sen sika kɔkɔɔ ne amapa. Enti mibu ade nyinaa mu nsiesiei nyinaa sɛ ɛteɛ, metan nkontompo kwan nyinaa. W’adansesɛm yɛ nwonwa, enti na me kra di so. Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa. Mibue m’anom haa mepere, efisɛ m’ani gyinaa wo mmara nsɛm. Dan w’ani kyerɛ me, na dom me, sɛ woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo din no. Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu, na mma amumɔyɛ biara nnni me so. Yi me fi onipa nhyɛso mu, na minni wo nsiesiei so. Ma w’anim nharan w’akoa so, na ma minsua w’ahyɛde. Asuten sen m’aniwa mu gu, efisɛ nnipa nni wo mmara so. Ɔtreneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmude nso teɛ. Woahyɛ w’adansesɛm, trenee mu ne nokwaredi kɛse mu. Me mmɔdemmɔ redɛw sɛ gya, efisɛ m’ahohiafo werɛ afi wo nsɛm. W’asɛm yɛ gyenennyenen pii, na w’akoa dɔ no. Misua, na memfra, nanso me werɛ mfi wo nsiesiei. Wo trenee yɛ daa trenee, na wo mmara yɛ nokware. Ahohia ne ahoyeraw ato me, nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔde. W’adansesɛm yɛ trenee daa, ma me nhumu, na minnya nkwa. Mede me koma nyinaa misu mefrɛ: Gye me so. AWURADE, medi w’ahyɛde so. Misu mefrɛ wo: Begye me, na madi w’adansesɛm so. Mitua ahema meteɛm, m’ani da w’asɛm so. M’aniwa di adasu kan sɛ medwen w’asɛm ho. Tie me sɛ w’adɔe te. AWURADE, ma minnya nkwa sɛ w’atemmude te. Wɔn a wodi mmusu akyi twiw bɛn, wɔne wo mmara ntam ware. AWURADE, wo nso wobɛn, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. Mihuu w’adansesɛm mu akyɛ, sɛ woama atim sɛ ensi hɔ daa. Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfi wo mmara. Di m’asɛm ma me, na gye me, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te. Abɔnefo ne nkwagye ntam ware, na wɔnhwehwɛ w’ahyɛde akyi kwan. Wo mmɔborohunu dɔɔso, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’atemmude te. M’ataafo ne m’ahohiafo dɔɔso, nanso mintwiw mimfii w’adansesɛm ho ɛ. Mihu akyipafo nkontompofo a, wɔn ho yɛ me nwini, sɛ wonni w’asɛm so. Hwɛ sɛ medɔ wo nsiesiei, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’adɔe te. W’asɛm ntoano yɛ nokware, na wo trenee atemmu nyinaa wɔ hɔ daa. Aman mpanyin tiw me kwa, nanso w’asɛm nko na misuro. M’ani ka w’asɛm ho sɛ nea wanya asade pii. Metan atoro, na mikyi, wo mmara na medɔ. Da koro miyi wo ayɛ mpɛn asɔn, wo trenee atemmu ho. Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn. Mehwɛ wo nkwagye kwan, AWURADE, na madi wo mmara nsɛm so. Me kra di w’adansesɛm so, na medɔ no kɛse. Midi wo nsiesiei ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim. AWURADE, ma me nteɛm nnu w’anim, ma me nhumu, sɛ w’asɛm te. Ma me nkotɔsrɛ mmra w’anim, gye me, sɛ w’asɛm te. M’ano bɛworo w’ayeyi, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. Me tɛkrɛma begye w’asɛm so, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee. Ma wo nsa mmɛboa me, na wo nsiesiei na mapaw. Mefe wo nkwagye, AWURADE, na wo mmara ne m’adɔde. Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ, na w’atemmu mmoa me. Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm. AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me. AWURADE, yi me kra fi atoro ano fi nnaadaa tɛkrɛma mu. Dɛn na ɔmfa mma wo, na dɛn na ɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkrɛma? Ɔde Ɔbran agyan hwirenhwiren ne ogya nsramma na ɛbɛtwe w’aso. Minnue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntamadan mu! Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe atena akyɛ dodo. Me de, meyɛ asomdwoeni, nso mekasa a, wɔn de, wɔpɛ ɔko. Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me boa fi bɛba? Me boa fi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no. Ɔremma wo nan nwatiriw, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko. Hwɛ, nea ɔhwɛ Israel no, ɔrentɔ nko, na ɔnna. AWURADE ne wo hwɛfo, AWURADE ne wo nwini, wo nsa nifa so. Owia renhye wo awia, na ɔsram rensi wo so anadwo. AWURADE bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so. AWURADE bɛhwɛ w’adifi ne wo fieba so afi sesɛɛ de akosi daa. M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fi. Yɛn nan begyina w’aponkɛse mu, Ao, Yerusalem. Yerusalem a wɔakyekye no sɛ kurow a ɛtoatoam yiye. Ɛhɔ na mmusuakuw no nantew kɔ, Mekyerɛ AWURADE mmusuakuw, sɛ wodii Israel adanse no, sɛ wokoyi AWURADE din ayɛ. Ɛhɔ na wɔde nkongua sisi maa atemmu, Dawid fi nkongua no. Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye. Asomdwoe ntena w’afasu mu, na yiyedi ntena w’aban mu. Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu. AWURADE yɛn Nyankopɔn, fi nti mɛhwehwɛ papa mama wo. Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no. Hwɛ, sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kosi sɛ ɔbɛdom yɛn. Dom yɛn, AWURADE, bɛdom yɛn, na aniwuhyɛ afono yɛn dodo. Taamudifo fɛwdi ne ahantanfo aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo. Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, ma Israel nka ɛ: Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a, anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no, wɔamemmene yɛn animono, anka nsu amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so, anka nsu a ɛyɛ ahantan abɔ afa yɛn kra so. Nhyira ne AWURADE a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn se. Yɛn kra aguan sɛ anomaa afi afirisumfo afiri mu, afiri no abu, na yɛn de, yɛaguan. Yɛn boa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu. Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa. Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia fi sesɛɛ de kosi daa. Na bɔne ahempoma rentena treneefo asase so, na treneefo anteɛ wɔn nsa anso amumɔyɛ mu. AWURADE, ma ensi atreneefo no yiye, ne wɔn a wɔteɛ, wɔn koma mu no. Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de, AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ. Asomdwoe mmra Israel so. Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛe sɛ adaesofo. Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn. Yiw AWURADE ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye. AWURADE, fa yɛn fi nnommum san bra sɛ anafo fam asase so asuten. Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. Sɛ mpo wɔde nusu kura aba a wogu no a, wɔde ahurusi bekura no afiafi aba. Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa. Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no. Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmerantebere mu mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma, wɔne atamfo di, kurow pon mu a, wɔn ani renwu. Nhyira ne obiara a osuro AWURADE, na ɔfa n’akwan so. Na wubedi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ebesi wo yiye. Wo yere bɛyɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu, wo mma bɛyɛ sɛ ngodua a afifi na wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia. Hwɛ, sɛ wohyira onipa a osuro AWURADE ni. AWURADE mfi Sion nhyira wo, na hu Yerusalem yiyedi wo nkwa nna nyinaa, Yiw na hu wo mma mma. Asomdwoe mmra Israel so. Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, ma Israel nka ɛ, wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, nanso wɔantumi me. Fɛntɛmfo afɛntɛm m’akyi, wɔama wɔn aka ayɛ atenten. AWURADE teɛ, watwitwa abɔnefo hama mu. Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa ani nwu, na wɔnsan wɔn akyi. Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wura a ennya mfifii no na ɛhyew, ɛnhyɛ otwitwafo nsa ma anaa ɔkyekyefo basa mu ma, na wɔn a wotwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so, yehyira mo AWURADE din mu. Mifi abun kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE. Awurade, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotɔsrɛ. AWURADE, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo. Mehwɛ AWURADE kwan, me kra rehwɛ ɔkwan, na n’asɛm so na m’ani da. Me kra twɛn AWURADE sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee, sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee. Israel, ma w’ani nna AWURADE so, na AWURADE fam na adɔe wɔ, na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam. Ɔno na obegye Israel afi n’amumɔyɛ nyinaa mu. AWURADE, me koma mma ne ho so, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwonwade a ɛkyɛn me. Ampa, madwudwo me kra mama ayɛ komm; sɛ ɔba a wɔatwa no nufu a ɔwɔ ne na ho, Yiw me kra te sɛ; ɔba a wɔatwa no nufu Israel, ma w’ani nna AWURADE so mfi sesɛɛ nkosi daa. AWURADE, kae Dawid brɛ ne ne bɔhyɛ nyinaa, sɛnea ɔkaa AWURADE ntam na ɔhyɛɛ Yakob tumfo no bɔ sɛ: Merenkɔ me fi ntamadan mu, meremforo me mpa so mpikyi, meremma m’aniwa nna, m’anisuatɛtɛ rentɔ nko kosi sɛ menya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa. Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata, yekohuu wɔ Yaar asase so. Momma yɛnkɔ ne tenabea nkɔkotow ne nan ntiaso anim ɛ. AWURADE, sɔre kɔ wo homebea, wo ne wo tumi adaka no. Ma w’asɔfo nhyɛ trenee, na ma w’ahotefo nni ahurusi. Esiane w’akoa Dawid nti, nnan nea woasra no no ani. AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo. Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanse a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a, wɔn mma nso bɛtena w’agua so daa. Na AWURADE apaw Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea. Eyi ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha. Mede nhyira mehyira n’adidide, mɛma n’ahohiafo aduan adi amee. Na mede nkwagye mɛhyɛ n’asɔfo, na n’ahotefo bɛto ahurusi dwom. Ɛhɔ na mɛma tumi afi ama Dawid, masiesie ɔkanea hann mama nea masra no no. Mɛhyɛ n’atamfo aniwu, na ɔno de, n’ahenkyɛw bɛhyerɛn n’atifi. Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. Ɛte sɛ ngo pa a wɔahwie agu mpampam na esian gu bɔgyesɛ mu, Aaron bɔgyesɛ mu, esian fa ne ntade mmuano so. Ɛte sɛ bosu a efi bepɔw Hermon so a esian gu Sion mmepɔw so, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, Yiw nkwa a enni awiei. Hwɛ, mo AWURADE nkoa nyinaa a mugyina ne fi anadwo no, munhyira AWURADE. Mommoma mo nsa so nkyerɛ kronkronbea hɔ, na munhyira AWURADE. AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no mfi Sion nhyira wo. Munyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE din ayɛ, O! AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, mo a mugyina AWURADE fi, yɛn Nyankopɔn fi adiwo. Munyi AWURADE ayɛ, na AWURADE ye, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ fɛ. Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de. Na me de, minim sɛ AWURADE so, na yɛn wura so sen anyame nyinaa. Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu. Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea. Okum Misraim mmakan fi nnipa so kosii mmoa so. Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wɔ, Misraim, mfinimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. Ɔbobɔɔ amanaman pii, na okum ahene atumfo: Amorifo hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahenni nyinaa, na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, ɔde yɛɛ ne man Israel agyapade. O! AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, O! AWURADE, wo nkae tena awo ntoatoaso nyinaa so. Na AWURADE bebu ne man bem, na obehu ne nkoa mmɔbɔ. Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, na ɔhome biara nni wɔn anom. Wɔn a wɔyɛ wɔn, ne obiara a ɔde ne ho to wɔn so no, bɛyɛ sɛ wɔn ara. Israel fifo, munhyira AWURADE, Aaron fifo, munhyira AWURADE. Lewi fifo, munhyira AWURADE, mo a musuro AWURADE, munhyira no. Womfi Sion nhyira AWURADE, mo a mote Yerusalem no, munyi AWURADE ayɛ. Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. O, Monna anyame mu Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. O, Monna awuranom mu owura no ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ne nko yɛ anwonwade akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔde asase trɛw nsu so no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔyɛɛ akanea akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Owia, sɛ enni adekyee so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔsram ne nsoromma, sɛ enni anadwo so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔbobɔɔ Misraimfo, mmakan no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na oyii Israel fii wɔn mu no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm na eyii wɔn, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea otwitwaa mmɛw po mu asinasin, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na ɔde Israel faa mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu mmɛw po mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ogyaa ne man sare so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔbobɔɔ ahemfo akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na okunkum ahene anuonyamfo, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Amorifo hene Sihon, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ne Basan hene Og, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔde yɛɛ n’akoa Israel agyapade, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Nea ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛase mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na ogyee yɛn fii yɛn ahohiafo nsam, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔma ɔhonam nyinaa aduan, na n’adɔe wɔ hɔ daa. O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtenae na yesuu sɛ yɛkaee Sion. Ɛhɔ nsukɔn so nnua no so na yɛde yɛn asanku sensɛnee. Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafo bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ahawfo pepɛɛ yɛn hɔ anigye sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom, ananafo asase so? O, Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a, ma me nifa werɛ mfi ne ho keka. Sɛ mankae wo a, ma me tɛkrɛma mfam me dodom, sɛ mammu Yerusalem ankyɛn m’anigye nyinaa a…! O, AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wosee sɛ: Munnwiriw, munnwiriw nkosi ne nhyɛase so! O, Babel babea a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne nea ɔhyɛ wo ananmu, sɛnea wode yɛɛ yɛn no. Nhyira ne nea oso wo nkokoaa mu pempem ɔbotan. Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE, mɛto wo dwom wɔ anyame no anim. Mɛkotow makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔe ne wo nokware so, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa. Da a misu mefrɛe no, wugyee me so, wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden. AWURADE, asase so ahene nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anom nsɛm. Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE anuonyam yɛ kɛse. Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri. Menam ahohia mu a, woma me nkwa, woteɛ wo nsa, m’atamfo abufuw so, na wo nifa gye me. AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ. O, AWURADE, woahwehwɛ me mu, na woahu me. Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye. Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, O, AWURADE, wunim ne nyinaa. Woaka me ahyɛm, m’akyi ne m’anim, na wode wo nsa ato me so. Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa. Ɛhe na mefi wo honhom no anim maguan makɔ? Na ɛhe na mefi w’anim maguan makɔ? Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wuni! Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtena po akyi noho a, ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me, na wo nsa nifa beso me mu. Na sɛ mise: Esum nko mmɛkata me so, na me ho hann nnan anadwo a, esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo haran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ. Na wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me na yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye. Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me anwonwa kwan so, asase mu tɔnn no. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no. Na me de, O, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara! Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nwea, minyan a, meda so mewɔ wo ho ara. O, Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo, na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ! Wɔn a wɔkasa tia wo mmusu mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhude mu no. AWURADE, wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo. Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so! O! Awurade, yi me fi nnipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho. Wodwen bɔne wɔn komam, daa nyinaa wɔka ɔko. Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. O! Awurade, hwɛ me so fi ɔbɔnefo nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobebutuw m’anammɔn. Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Misee Awurade sɛ: Wone me Nyankopɔn, Awurade, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ nne. O! Awurade ne me nkwagye ahoɔden, wokataa me ti so ɔko da. O! Awurade, mma ɔbɔnefo nea ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi. Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio. Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ. Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm, obebu atɛn ama ahiafo. Ampa, treneefo bɛda wo din ase, teefo bɛtena w’anim. O! AWURADE, misu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ misu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me. Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde. AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pon ano. Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne, na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde. Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo, na abɔnefo ngosra mpare me na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne. Wosum wɔn akannifo hwe ɔbotan so, na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ. Sɛnea obi dwiriw asase funtum so no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete asaman ano. Na wo, AWURADE, so na m’ani da, wo na miguan metoa wo, ntow me kra nkyene. Kora me fi apa a wɔasum me ne amumɔyɛfo mfiri ho. Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko. Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekotɔ mesrɛ AWURADE, mihwie me nkɔmmɔdi migu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no. Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri. Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, guankɔbea abɔ me, obi nhwɛ me kra kyea. Misu mefrɛ wo, AWURADE. Mise: Wone me guankɔbea, me kyɛfa, ateasefo asase so. Wɛn w’aso tie me su, na magurow, yi me fi m’ataafo nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛn me. Yi me kra fi afiase, na mayi wo din ayɛ. Treneefo betwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yiye. AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ, wo nokwaredi mu gye me so, wo trenee mu. Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim. Na ɔtamfo taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wowuwui akyɛ. Na me honhom tɔ beraw me mu, me koma asen me yam. Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho. Meteɛ me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awo. AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu. Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo. AWURADE, yi me fi m’atamfo nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora. Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so. Wo din nti, AWURADE, ma minnya nkwa, wo trenee mu yi me kra fi ahohia mu, na w’adɔe mu yi m’atamfo hɔ, na sɛe wɔn a wɔhaw me kra nyinaa, na w’akoa ne me. Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsatea akodi. M’adɔe ne m’abankɛse, m’abantenten ne me gyefo, me kyɛm ne nea miguan metoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’ase. AWURADE, onipa ne hena a wuhu no, ɔdesani ba ne hena a wudwen ne ho? Onipa, ɔte sɛ ahuhuw, ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam. AWURADE, kuntun wo soro, na si fam, keka mmepɔw, na emfi wusiw. Popa anyinam, na pansam wɔn, totow wo mmɛmma, na sɛe wɔn. Teɛ wo nsa fi soro noho, huam me, na yi me fi nsu akɛse mu, fi ananafo mma nsam. Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuw, na wɔn nifa yɛ atoro nifa. Onyankopɔn, mɛto dwom foforo mama wo, mede sanku a ɛso han du mɛto dwom mama wo, sɛ wo na wode nkwagye ma ahemfo, na wugyee w’akoa Dawid fii afoa a enye ano. Huam me na yi me fi ananafo mma a wɔn ano ka nsɛnhuhuw na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam. Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyin yiye, wɔn mmerantebere mu, na yɛn mmabea ayɛ sɛ twea so adum a wɔasen no sɛ ahemfi de. Na yɛn asan ayɛ ma a woyi mu nneɛma horow nyinaa, na yɛn nguan awo mpem ayɛ mpem du du, yɛn nsaase so. Na yɛn anantwi ho atua wɔn ho a ɔsɛe ne ɔyera mma wɔn mu, na nkɔmmɔdi amma yɛn mmɔnten so. Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn. Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa. Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa. AWURADE so, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea. Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo, na wɔka wo mmaninne. Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho. Na wɔka wo nneyɛe a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm, na mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ. Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae, na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom. AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse. AWURADE ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefo hyira wo. Wɔka w’ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din, sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no. W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu. AWURADE wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina. Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee. AWURADE teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu. AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn. AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn. M’ano bɛka AWURADE ayeyi, na ma ɔhonam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa. Munyi AWURADE ayɛ! Me kra, yi AWURADE ayɛ. Mete ase yi, meyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn. Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera. Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa. Obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim, ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. AWURADE tu nneduafo. AWURADE bue anifuraefo ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotow so gyina, AWURADE dɔ treneefo, AWURADE kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi, na abɔnefo kwan de, ɔdan ani. AWURADE di hene daa, Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ, na eye sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ dɛ, ayeyi fata. AWURADE na ɔkyekye Yerusalem, ɔpɔn Israelfo a wɔapete wɔn. Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru. Ɔkyerɛ nsoromma dodow, ɔtoto wɔn nyinaa din. Yɛn Awurade so, na ne tumi dɔɔso, ne nhumu nni anobu. AWURADE ma ahobrɛasefo gyina, ɔtow abɔnefo hwe fam. Monto aseda dwom mma AWURADE, momfa ɔsanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn. Ɔno na ɔde amununkum kata ɔsoro, osiesie osu ma asase, ɔma wura fifi mmepɔw so. Ɔde aduan ma mmoadoma ne kwaakwaadabi mma a wosu. Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ, ɛnyɛ onipa nnyaa na ɛsɔ n’ani. AWURADE ani sɔ wɔn a wosuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔe so. Yerusalem, kamfo AWURADE, Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ! Na wahyɛ w’aponkɛse adaban den, wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu. Ɔma w’ahye so dwo, ɔde awi mu awi pa ma wudi mee. Ɔma ne kaseɛ ba asase so, n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm. Ɔma nsukyerɛma tɔ sɛ asaawa mfuturu, ɔpete obosu nkyenkyenee sɛ nso. Ɔtow n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa; hena na obetumi n’awɔw? Ɔma n’asɛm bɛnan no, ɔma ne mframa bɔ ma nsu sen. Oyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛde ne n’atemmude kyerɛ Israel. Ɔnyɛɛ ɔman biara saa ɛ, na n’atemmude no, wonnim. Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ mfi soro, munyi no ayɛ ɔsorosoro. N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, munyi no ayɛ. Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ, nsoromma a ɛharan nyinaa, munyi no ayɛ. Mo soro mu soro, munyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro so. Ma wonyi AWURADE din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn; na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛde a obi ntra. Munyi AWURADE ayɛ mfi asase so, nsuboa ahorow ne abun nyinaa. Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhurow, ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se: Mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa, wuram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa. Asase so ahene ne aman nyinaa, atitiriw ne asase so akannifo nyinaa, mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so. Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefo nyinaa ayeyi, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforo mma AWURADE, monka n’ayeyi, ahotefo asafo mu. Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi. Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no. Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagye hyehyɛ ahobrɛasefo. Ahotefo hyehye wɔn ho anuonyam mu, wɔto ahosan dwom, wɔn nnae so. Onyankopɔn ayeyi a ɛso wɔ wɔn anom, na nkrante anofanu hyɛ wɔn nsam, sɛ wobedi amanaman mu were, na wɔatwe aman aso; sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyere wɔn ahene, na wɔde dade mpokyerɛ agu wɔn atitiriw; sɛ wɔde atɛn a wɔakyerɛw no bebu wɔn: Eyi yɛ n’ahotefo nyinaa anuonyam. Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ! Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi mu wɔ soro. Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛso no te. Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so, munyi no ayɛ bɛnta sanku ne sankuten so. Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so. Munyi no ayɛ nsammɔ nnawuru a ɛnne so so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so. Momma nea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE ayɛ! Israel hene Solomon, Dawid ba no, mmebusɛm ni: Sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso, sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu; sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nteɛso, trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ; sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa. Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa: Sɛ wɔmfa nhu abebusɛm ne akasabebui, anyansafo nsɛm ne wɔn mmɛ mu. AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase; nkwaseafo bu nyansa ne nteɛso animtiaa. Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara; na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban. Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene! Sɛ wose: Bra ma yenkobuw mogya, ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa; ma yɛmmemmene wɔn anikan sɛ asaman, ne pɛyɛfo sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu; yebenya ade a ne bo yɛ den nyinaa, yɛde asade bɛhyɛ yɛn afi ma. Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn de mu, yɛn nyinaa benya kotoku biako. Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so. Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu. Na ɔkwa ara na wɔasum afiri ntakraboa nyinaa anim; na wɔn de, wɔn ankasa mogya na wobuw, wɔtɛw wɔn ankasa kra. Saa, na amim mu mfasopɛfo nyinaa akwan te, ɛfa ne wuranom kra kɔ. Nyansa teɛm mmorɔn so, ɔma wɔte ne nne mmɔnten so; ɔteɛm aguabirim ti, ɔka ne nsɛm, kurow apon ano, kurow no mu sɛ: Da bɛn ara na mo ntetekwaa, mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? Na afɛwdifo bɛpɛ wɔn fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ? Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm. Sɛ mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee, na motow m’afotu nyinaa kyene, na me kasakyerɛ no, mompɛ nti, me nso mɛserew mo, mo amane mu, mo ahopopo bɛba no, meyi mo ahi. Mo ahopopo ba sɛ ɔprannaa, na mo amane ba sɛ ahum, ahohia ne ahokyere ba mo so a, ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me. Esiane sɛ wokyi nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro, wɔampɛ m’afotu, na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa, enti wobedi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wotutui amee wɔn. Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn, na nkwasea yiyedi bɛsɛe wɔn. Na nea otie me no de ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba. Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba. Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ, sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so. Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu. Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho, afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wodi bɔne akɔntɔnkyesɛm ho ahurusi, wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan dannan. Na ayi wo afi ɔbea sansani nsam, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam; ɔno na wapa ne mmabaabere mu kunu, na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam; na ne fi kom kɔ owu mu, na n’akwan kɔ nsamanfo mu: Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsan, na wɔrensi nkwa akwan mu. Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi treneefo kwan so. Na teefo na ɛbɛtena asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so. Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho. Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekyere wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so. Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim. Fa wo koma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan, Nyɛ w’ani so onyansafo, suro AWURADE, na dan fi bɔne ho. Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne akwahosan ama wo nnompe. Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa; ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amoa mu nsa foforo bebu so. Me ba, mpo AWURADE nteɛso, na mma n’animka mmfono wo. Na nea AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no. Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam. N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu. AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase, ɔde ntease de ɔsoro tim hɔ; ne nimdeɛ so na abun mu nsu paee, na amununkum sosɔ obosu. Me ba, fa nyansahu ne adwempa sie, na mma ɛnnan mmfi w’ani so, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn. Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, na wo nan anhintiw. Sɛ wokɔda a, woremmɔ piriw, na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ. Nsuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba. Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu. Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no. Nka nkyerɛ wo yɔnko se: Kɔ na bra! Ne: Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ. Mpam wo yɔnko ho apammɔne, bere a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no. Wo ne obi nnni atutuw kwa, bere a ɔnyɛɛ wo bɔne bi no. Ntwe otirimmɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara. Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyide, na teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm. AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefo fi, na ohyira treneefo tenabea. Yiw odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo. Anyansafo benya anuonyam adi, na nkwasea bɛsoa ahohora. Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu. Na adenim pa na mekyerɛ mo, munnnyaw me mmara. Na bere a meyɛ abadomaa, ɔba banin ne ɔba koro ma me na ne m’agya no na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa. Nya nyansa, nya nhumu, mma wo werɛ mmfi, na mman mfi m’anom kasa ho. Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo. Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu. Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo. Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso. Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so. Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo, na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw. So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa. Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsen mfa so, man fi ho, na twa ho kɔ. Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa; na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsa na wɔnom. Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee. Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw. Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa. Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi. Yi ano kɔntɔnkye fi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri. Ma w’ani nhwɛ tee, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim. Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim. Mman nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu. Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me ntease, na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ. Na ɔbea sansani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu. N’anan sian kɔ owu mu, asaman na n’anammɔn tutu kɔ. Nkwa kwan de, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyin kɔ nea onnim hɔ. Na afei, me mma, muntie me, na munnyi mo ho mmfi m’anom nsɛm ho. Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano; na woamfa wo nidi amma ebinom, ne wo mfe amma otirimmɔdenfo; na ahɔho anni w’ade ammee, na w’adwumade antena obi hunu fi; na wo nna a edi akyiri no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asa, na woanka se: Ao, sɛ metan nteɛso na me koma kyii animka ni! Na mantie m’akyerɛkyerɛfo, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfo! Ɛkaa kumaa ma esii me bɔne koraa, asafo ne guabɔ mu. Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu. Wo nsuaniwa bebu so afi adi ayɛ mmɔnten so asuten; ɛbɛyɛ wo nko dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔho bi dea. Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye; na ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo ne anuonyam wansan no. Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi. Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom? Na onipa akwan da AWURADE anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa. Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no. Ɔkwati nteɛso nti obewu, na n’agyennyentwisɛm dodow nti ɔbɛyera. Me ba, sɛ wugyina wo yɔnko akyi, sɛ wudi ɔhɔho agyinam, sɛ wonam w’anom asɛm so ama wo ho akyere wo a, yɛ eyi mmom, me ba, na yi wo ho, efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkotow, na srɛ wo yɔnko no. Mma nna nnkɔ w’aniwa mu, na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko; yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam, sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam. Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa. Ɔno na onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo, nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu. Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo? Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu? Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo. Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo, ɔde ano kɔntɔnkye nennamee, obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsatea kyerɛkyerɛ ade, akɔntɔnkyesɛm wɔ ne komam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawogyam na ɔhyɛ. Enti mpofirim na ne sɛe bɛba, wobebubu no afrɛ so a wontumi nsa. Ade asia yi na AWURADE tan, Yiw na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide, ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam. Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia. Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan, na ahwɛ wo so afi ɔbea bɔne ho, afi ɔbea hɔho tɛkrɛma dɔkɔdɔkɔ ho. Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo. Na ɔbea oguamamfa ma obi di abodoosin, na obi yere buw nkwa a ne bo yɛ den. So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew? Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem. Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so; na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn asɔn, ɔde n’afide nyinaa bɛma. Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa. Mmaa ne animguase na obenya, na n’ahohora no, wɔrempopa. Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyew, na aweredi da no, ɔremfa mfiri; ɔremmu mpata biara, na woma akyɛde dɔɔso po a, ɔrempene. Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie. Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi. Fa kyekyere wo nsatea so, kyerɛw wo koma pon so. Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabea ne wo! Na frɛ nhumu sɛ w’adamfowa, na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho. Na mifi me dan mfɛnsere mu, m’ahunuaniankansa mu mehwɛe; na mehwɛɛ ntetekwaafo mu, mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti, ɔperee abɔnten bɛn ne twea, na ɔsen faa ne fi kwan, ɛbere a ade resa, anadwofa, anadwo kɔnkɔn ne sum mu. Na hwɛ, ɔbea bi hyiaa no, ofura aguamantam, ne koma asen; wagyigya na n’aso asorow, ne nan ntena ne fi; mprempren ɔwɔ mmorɔn so, seisei yi ɔwɔ gua so, na ɔtetɛw twea nyinaa so. Ɛnna osoo no mu, na ofew n’ano, na ɔhyɛɛ n’ani den ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoe afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboade; enti na mifi mibehyiaa wo yi, mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu wo yi. Mede mmommo makata me mpa so, Misraim nkyeremu; mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo mapete me nnae so. Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho. Na ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri; wafa fotow ne sika akura, ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie. Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe. Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifo aso, kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu, te sɛ anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu, na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu. Na afei, me mma, muntie me, na monyɛ aso mma m’anom nsɛm. Mma wo koma mmman nnkɔ n’atempɔn so, mfom nkɔ n’akwan so. Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ, na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso; ne fi ne asamando kwan, esan kɔ owu mpia mu. Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na ntease ma ne nne so? Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so, nkwanta so na ogyinae, na ɔteɛm aponkɛse ho, kurotia, abobow ano sɛ: Mo mmarima na meteɛm mefrɛ mo, na me nne gyigye ma nnipa mma. Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew, na mo, nkwasea, munnya nhumu koma. Muntie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ, na m’anom bue de nsɛm a ɛteɛ ba; na nokware fi m’anom, na m’ano akyide ne abɔnefosɛm; m’anom nsɛm nyinaa nam trenee mu, ade a akyim anaasɛ ɛkyea nni mu; ne nyinaa mu da hɔ ma nhumufo, na ɛteɛ ma wɔn a wɔahu nimdeɛ. Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ, na momfa nimdeɛ, na munnyaw sika a wɔayiyi mu. Na nyansa ye sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Me, nyansa, me ne anitew na ɛte, na adwempa ne nimdeɛ na mihu. AWURADE suro ne bɔne tan. Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi. Afotu ne nyansahu wɔ me, mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me. Me so na ahene nam di hene, na atitiriw hyɛ mmara trenee; me so na mpanyimfo nam di panyin, ne abirempɔn, ne asase so atemmufo nyinaa. Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me. Ahonyade ne anuonyam wɔ me hɔ, ahode a ɛkyɛ ne trenee. M’aba ye sen sika ne amapa, na me nnɔbae sen dwetɛ a wɔayiyi mu. Trenee tempɔn mu na menam, atemmu akwan so pɛ, sɛ merema m’adɔfo adi ade, na mahyɛ wɔn adekorabea amaama. AWURADE bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan, ɔde me sii hɔ fii tete bemee, fii mfiase ansa na asase reba. Abun nni hɔ no, na wɔawo me, nsuti a ɛba nsu pii nni hɔ no; wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ, na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me; onnya nyɛɛ asase ne wura, ne wiase mfutuma no. Osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, bere a otwaa abun ani kɔntɔnkrɔn no; ɔde amununkum sensɛn soro pintinn, na bun mu nsuaniwa paee dennen, otwaa ɛpo hye, na nsu antra, na ɔde asase nhyɛase too hɔ no, na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu, m’ani gye ne wiase asase so, na m’ani ka nnipa mma mu. Na afei, mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so. Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua. Nhyira ne onipa a otie me na ɔwɛn m’apon ano daa daa, na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so: Na nea ohu me no hu nkwa, na onya AWURADE hɔ anisɔ; na nea ɔfom me no di ne kra aboro, wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu. Nyansa asi ne dan, wasen n’adum asɔn; wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pon nso; wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: Mommra mmedi m’aduan no bi, na monnom me nsa a mafra no bi. Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so. Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae. Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo. Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu, Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu. Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho. Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa. Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo, tibɔnkɔso a onnim hwee; ɔtena ne fi abobow ano, kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so, sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so, wɔnam wɔn nkwammɔe so tee no sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti nso, ose no sɛ: Nsu a wowia yɛ fremfrem, na ahintaduan yɛ dɛ! Nso onii no nnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ, asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ. Solomon mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow. Ɔbɔnefo akorade nyɛ mfaso bi, na trenee gye onipa fi owu mu. AWURADE mmma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra, na abɔnefo adepɛ de, ɔka gu. Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho. Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu. Nhyira da ɔtreneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefo ano. Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw. Komam nyansafo gye mmara nsɛm, na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase. Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na nea ɔkyea n’akwan no, wobehu no. Nea obu ani no yi awerɛhow, na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase. Ɔtreneeni ano yɛ nkwa nsuti, na akakabensɛm kata abɔnefo ano. Ɔtan hwanyan atutuw, na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so. Nhumufo anom na wohu nyansa, na abaa fata nea onni ti akyi. Anyansafo kora nimdeɛ, na ogyimifo ano yɛ abu a ɛbɛn. Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia. Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne. Nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so, na nea ɔpo animka no fom kwan. Nea ɔkata nitan so no wɔ atoro ano, na nea otwiri obi no yɛ ɔkwasea. Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo. Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu, abɔnefo koma de, ɛmfra. Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu. AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho. Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru, na nyansa yɛ nhumu nipa fɛ. Ɔbɔnefo ade a osuro ara na ɛbɛba no so, na treneefo ade a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn. Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefo nni hɔ bio, na ɔtreneeni yɛ daa nnyinaso. Sɛ nsa nyinyanyinya yɛ ɛse na owusiw yɛ aniwa no, sɛ onihawfo yɛ wɔn a wɔsoma no ne no. AWURADE suro to nna so, na abɔnefo mfe de, wobetwa so. Treneefo anidaso bɛyɛ anigye, na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera. AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfo, na ɛyɛ ɔsɛe ma amumɔyɛfo. Ɔtreneeni renhim da biara da, na abɔnefo rentena asase so. Ɔtreneeni ano yi nyansa adi, na tɛkrɛma kɔntɔnkye de, wobetwa. Ɔtreneeni ano nim ade a ɛsɔ ani, na abɔnefo ano di akɔntɔnkyesɛm. Nsisi nsenia yɛ AWURADE akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ. Ahantan ba a, na aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te. Teefo pɛyɛ begya wɔn, na nkontompofo nnaadaa bɛsɛe wɔn. Adedodow nye mma hwee abufuw da, na trenee gye onipa fi owu mu. Pɛyɛfo trenee bɛteɛ ne kwan, na ɔbɔnefo bɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. Teefo trenee begye wɔn, na nkontompofo mmusubɔ mu na wɔbɛkyere wɔn. Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera, na amumɔyɛfo kwanhwɛ yera. Wobeyi ɔtreneeni afi ahohia mu, na ɔbɔnefo abesi n’ananmu. Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn. Treneefo di yiye a, ɔman ho san wɔn, na abɔnefo sɛe a, wohuro. Teefo nhyira na ɛma kurow so, na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ kurow no. Nea oyi ne yɔnko ahii nni ti, na ɔbadwemma mua n’ano. Osekufo nenam yi ahintasɛm adi, na nea ɔwɔ nokware honhom kata asɛm so. Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoe wɔ agyinatufo dodow mu. Nea odi hɔho agyinam no, ebewie no bɔne, na nea ɔtan akagyinam no asom dwo no. Ɔbea a n’anim tew nya anuonyam, na ɔhoɔdenfo nya ahonyade. Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimmɔdenfo haw n’ankasa honam. Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua. Nea otim trenee mu no kɔ nkwa mu, na nea otiw bɔne no nya owu. AWURADE akyide ne koma kɔntɔnkyefo, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. Ampa ara ɔbɔnefo renni bem; na treneefo asefo de, wobegye wɔn. Sɛ sika adwinni te, prako hwene mu no, sɛ ɔbea hoɔfɛfo a onnim nea ɛfata te ne no. Treneefo ade a wɔpɛ yɛ papa nko; abɔnefo anidaso dan wɔn abufuw. Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara; na obi kyɛe so tena so, nanso ehia no ara. Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee. Nea ɔkora aburow so no, nkurɔfo dome no, na nhyira ba nea ɔtɔn no so. Nea ɔpɛ papa akyi kwan no hwehwɛ anisɔ, na nea odi bɔne akyi no, ɛba no so. Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban. Nea ɔhaw ne fi bedi mframa, na ogyimifo bɛyɛ komam nyansafo akoa. Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra, Hwɛ, sɛ wotua ɔtreneeni ka asase so a, na menne ɔbɔnefo ne ɔdebɔneyɛfo. Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ, na nea ɔtan animka yɛ aboa. Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfo de, obu no fɔ. Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na treneefo ntini renhim. Ɔyerepa yɛ ne kunu abotiri, na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw. Treneefo adwene teɛ, na abɔnefo agyinatu yɛ nkontompo. Abɔnefo nsɛm yɛ mogyatɛw, na teefo ano beyi wɔn. Wobutuw abɔnefo, na wonni hɔ, na treneefo fi begyina. Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase. Nea wommu no nanso ɔwɔ akoa no ye sen nea ɔhyehye ne ho na n’aduan bɔ no. Ɔtreneeni nim n’afieboa kra, na abɔnefo ayamye yɛ atirimmɔden. Nea ɔdɔw n’asase no didi mee, na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti. Ɔbɔnefo pɛ nea nnipa bɔne anya, na treneefo ntini bɛsow aba. Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo, na ɔtreneeni befi ahohia mu. Onipa anom aba na ɔde bedi papa amee, na onipa nsa ano ade na wɔbɛdan ama no. Ogyimifo kwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu yɛ onyansafo. Ogyimifo abohuru da adi ntɛm ara, na onitefo kata aniwu so. Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ, na ɔdansekurumfo ne, nkontompo. Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare. Nokware ano tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa. Nnaadaa wɔ wɔn a wodwen bɔne koma mu, na asomdwoe ho afotufo nya anigye. Mmusu biara rento ɔtreneeni, na amane bɛhyɛ abɔnefo ma. AWURADE akyide ne atoro ano, na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani. Onipa nitewfo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu. Nsiyɛfo nsa bedi panyin, na anihaw nsa beyi tow. Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam. Ɔtreneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefo kwan ma wɔfom. Onihawfo nsa nka ne hanam, na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den. Trenee kwan so na nkwa wɔ, na akwatikwan de kɔ owu mu. Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim. Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu. Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe. Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade. Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade. Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo. Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii. Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim. Treneefo hann dɛw anigye, na abɔnefo kanea bedum. Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te. Ahonyade a efi ahuhude mu sua, na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ. Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua. Nea obu asɛm animtiaa de ɔsɛe ba ne ho so, na nea osuro mmara no, obenya akatua. Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, ɛno na ɔde befi owu afiri mu. Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo. Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu. Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu, na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare. Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam. Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide. Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane. Bɔne tiw nnebɔneyɛfo, na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka. Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni. Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ. Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso. Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan. Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw. Nea ɔnantew ne teeyɛ mu no suro Awurade, na nea ɔkyea n’akwan no tew no ahi. Ogyimifo anom na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafo ano kora wɔn so. Nea anantwi nni hɔ no, adidide nso nni hɔ, na nnɔbae pii wɔ nantwinini ahoɔden mu. Ɔdansefo nokwafo renni atoro, na ɔdansekurumfo huw atosɛm. Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, na onnya, na nimdeɛ nyɛ nhumufo nyana. Fi ɔba kwasea nkyɛn kɔ, na worenhu nimdeɛ wɔ n’anom. Onitefo nyansa ne sɛ ohu ne kwan mu, na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa. Agyimifo asodi ho afɔre yɛ ɔkwa, na teefo mu na anisɔ wɔ. Koma nim ne kra awerɛhow, na n’anigye nso, ɔhɔho mfa ne ho mfra mu. Abɔnefo fi bebutuw, na teefo ntamadan bɛfefɛw. Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan. Ɔserew mu po koma hu yaw, na anigye no awiei yɛ awerɛhow. Komam kyirisanfo akwan bɛmee no, na onipa pa nso ade bɛmee no. Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye. Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu. Nea ne bo nkyɛ fuw di agyimisɛm, na onipa a ɔpam apammɔne, wɔtan no. Ntetekwaa ade a wodi ne agyimisɛm, na anitefo de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho. Abɔnefo bɛbrɛ wɔn ho ase apapafo anim, na abɔnefo akotow treneefo mmobowano. Ohiani de, ne yɔnko po tan no, na ɔdefo adɔfo dɔɔso. Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira ne nea ohu amanehunufo mmɔbɔ. So wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na ɔdom ne nokware wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa. Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbae, na anosɛm de, ohia ara nko. Anyansafo abotiri ne wɔn ahode, nkwasea agyimisɛm yɛ agyimisɛm ara nko. Nokware dansefo gye nnipa nkwa, na nea ohuw atosɛm twa nkontompo. Awurade suro mu wɔ ahodaso a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ guankɔbea ama ne mma. Awurade suro yɛ nkwa nsuti, na wɔde fi owu afiri mu. Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene anuonyam wɔ, na nkurɔfo sa a, ɛma otitiriw sɛe. Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so. Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw. Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam. Wosum ɔbɔnefo kyene, ne bɔneyɛ mu, na ɔtreneeni wɔ ne wu mu anidaso. Nyansa te nhumufo komam, na nea ɛwɔ nkwasea mu beda adi. Trenee ma ɔman so, na bɔne yɛ ahohorade ma ɔman biara. Ɔhene ani sɔ akoa nimdefo, na ne bo fuw nea ɔyɛ aniwude. Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu. Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm. AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo. Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubui. Ogyimifo tew n’agya nteɛso ahi, na nea obu nkaanim no ani bɛtew. Ɔtreneeni fi wɔ ahode pii, na ɔbɔnefo nnɔbae mu wɔ anitane. Anyansafo ano pete nimdeɛ, na nkwasea koma ntim. Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde. Ɔbɔnefo kwan yɛ AWURADE akyide, na trenee akyidifo na ɔdɔ no. Nteɛso a ano yɛ den bɛba nea ogyaw ɔkwan pa no so, na nea okyi animka no bewu. Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ AWURADE anim, na menne nnipa mma koma. Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn. Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom. Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwasea ano di agyimisɛm. Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne, na koma pa te sɛ daa apontow. AWURADE suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu. Fam aduan a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu. Obufufafo hwanyan atutuw mu, na abodwokyɛrefo pata akayɛ. Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban, na teefo kwan yɛ petee. Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na onipa kwasea bu ne na animtiaa. Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na ɔbadwemma teɛ ne nantew. Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina. Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no, na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara! Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo, na wakwati asaman a ɛwɔ ase no. AWURADE dwiriw ahantanfo fi, na ɔhyɛ okunafo hye so den. Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyide, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew. Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde bɛtena ase. Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho, na abɔnefo ano woro nsɛmmɔne. AWURADE ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie. Aniwa so tew ma koma tɔ yam, na atesɛm pa ma nnompe mu ba hon. Aso a etie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafo mu. Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra, na nea otie animka no hu nyansa. AWURADE suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim. Komam nsiesiei yɛ onipa dea, na tɛkrɛma mmuae fi AWURADE. Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne AWURADE. Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na w’adwene betim. AWURADE yɛ ade nyinaa ma biribi, ɔbɔnefo mpo ma da bɔne. Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ AWURADE akyide, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne. Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe. Trenee mu ade ketewa ye sen nnɔbae pii a emfi trenee mu. Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn. Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anom, atemmu mu nso n’ano mfom. Abrammo ne nsenia tee yɛ AWURADE dea, fotow mu abo nyinaa yɛ ne nnwuma. Ahemfo akyide ne abɔnefosɛm di, na trenee mu na agua tim. Ahemfo anisɔde ne ano trenee, na nea ɔka nea ɛteɛ no, ɔdɔ no. Ɔhene anibere yɛ owu bɔfo, na ɔba nyansafo pata no. Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ adommere mu mununkum. Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ. Teefo tempɔn ne bɔne kwati, nea ɔhwɛ ne kwan kora ne kra so. Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan. Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade. Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to AWURADE so. Wɔfrɛ komam nyansafo sɛ nhumufo, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ. Nimdeɛ yɛ nkwa nsuti ma nea ɔwɔ, na agyimifo asotwe ne wɔn agyimisɛm. Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ n’anom. Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan. Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan. Odwumayɛfo kɔm yɛ adwuma ma no, efisɛ n’ano pia no. Obusuyɛfo bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye. Onipa kɔntɔnkye hyɛ takrawogyam, na osututufo tetew nnamfo ntam. Omimdifo sisi ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwan a enye so. Nea omua n’ani dwen akɔntɔnkyesɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ. Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so. Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow. Kokom na wɔtwe ntonto, na ɛho atemmu nyinaa fi AWURADE. Aduan wesee a asomdwoe wɔ mu ye sen ofi a afɔrebɔde a wɔko ho ayɛ no ma. Akoa nimdefo bedi ɔba a ɔyɛ aniwude so, na obenya agyapade mu kyɛfa, anuanom mu. Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika; na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ. Bɔneyɛfo tie ahuhude ano, ɔtorofo yɛ aso ma mmusubɔ tɛkrɛma. Nea oyi ohiani ahii bɔ ne yɛfo ahohora, nea n’ani gye amane ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Nkwakoraa abotiri ne mma mma, na mma anuonyam ne wɔn agyanom. Ɔkasatraso mfata ogyennyentwi, na menne sɛ atoro ano bɛfata ɔdehye. Ayɛyɛ te sɛ aboɔden bo, nea onyae ani so, baabiara a ɛfa no ɛma ɛyɛ yiye. Nea ɔkata mfomso so no hwehwɛ ɔdɔ, na nea oti asɛm mu no tetew nnamfo ntam. Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu. Atuatew nko na ɔbɔnefo hwehwɛ, na wɔbɛsoma ɔbɔfo tirimmɔdenfo akɔ no so. Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu. Nea ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fi da. Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae. Nea obu ɔbɔnefo bem ne nea obu ɔtreneeni fɔ no, AWURADE akyide ne wɔn baanu nyinaa. Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti? Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada. Onipa a onni ti na odi akagyinam, na odi ne yɔnko agyinam. Nea ɔpɛ atutuw no pɛ mmarato, nea ɔma ne dan ano korɔn no hwehwɛ abu. Komam kɔntɔnkyefo nhu papa, na tɛkrɛma dannanfo hwe bɔne mu. Nea ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhow, na anigye bi nni hɔ mma ogyennyentwi agya. Anigye koma yɛ aduru pa, na honhom a abotow yow nnompe mu. Ɔbɔnefo gye ayɛyɛde fi kokoam, sɛ ɔrebɛdan atemmu akwan ani. Nyansa wɔ nhumufo anim, na ɔkwasea de, n’aniwa da asase ano noho. Ɔba kwasea hyɛ n’agya awerɛhow ne ne na a ɔwoo no ahometew. Sɛ wodi ɔtreneeni kasa a, enye, na sɛ wɔhwe adɛɛfo a, enye koraa. Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa. Ogyimifo po, omua n’ano a, wobu no nyansafo, Yiw, na nea ɔka n’ano tom no, wobu no ɔbadwemma. Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade pa biara ho yɛ no ahi. Ɔkwasea nni nhumu ho anika, na mmom sɛ obeyi ne koma adi. Ɔbɔnefo ba a, animtiaabu nso ba, na adapaa ne ahohora na ɛnam. Ɔbarima anom nsɛm te se nsu a emu dɔ, nyansa abura te sɛ asuten a ɛba yiye. Enye sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefo anim, na wɔdan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu. Ɔkwasea ano ma ntɔkwaw ba, na n’afono frɛfrɛ asotɔre. Ɔkwasea ano ne ne sɛe, na n’anofafa ne ne kra afiri. Osututufo nsɛm te sɛ mfremfremade, na esian kɔ ɔyafunu mpia mu. Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no. Abannennen ne AWURADE din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no. Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn n’adwene mu. Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase. Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no. Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa? Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan. Onipa ayɛyɛde bɔ ɔkwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛse anim. Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu. Ntonto pata atutuw, na ɛpae atumfo ntam. Onua a wɔafom no sen kurow dennen, na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban. Ɔbarima anom aba ma ne yafunu mee, n’anom nnɔbae mee no. Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba. Nea wanya ɔyere no anya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ. Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefo bua asɛnnennen. Nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho, nanso na adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua. Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea. Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye, na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne. Onipa agyimisɛm dannan ne kwan, na ne koma huru hyɛ AWURADE. Ahonyade ma obi nya nnamfo pii, na ɔbrɛfo ne ne yɔnko ntam tetew. Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no rennya aguanye. Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo. Ohiani nuanom nyinaa tan no, na mpɛn ahe na ne nnamfonom ne no ntam rempan; ɔde nsɛm tiw wɔn a, ɔnto wɔn. Nea onya nyansa no dɔ ne kra, nea obu nhumu no, ohu papa. Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no bɛyera. Taamudi mfata ɔkwasea, na menne sɛ akoa bedi mpanyimfo so. Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam. Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu. Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu, na ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe. Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi AWURADE. Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm. Nea ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na nea ɔnhwɛ n’akwan yiye no bewu. Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu. Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wubekum no. Nea n’abufuw so no benya asotwe, na sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio. Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu. Adwene pii wɔ onipa komam, nanso AWURADE agyinatu na ebegyina. Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani ye sen ɔtorofo. AWURADE suro de kɔ nkwa mu, nea okura mu no bɛmee ada, na bɔne bi renka no. Ɔkwadwofo de ne nsa to asanka mu, na ɔnsan mfa nkɔ n’anom po. Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu. Nea ɔbɔ n’agya atirimmɔden na ɔpam ne na no yɛ aniwu ne ahohora ba. Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a, na wobɛfom afi nimdeɛ nsɛm ho! Ɔdansehuhufo di atemmu ho fɛw, na abɔnefo ano mene mmusu. Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo ne mmaa ama nkwasea akyi. Nsa yɛ ɔfɛwdifo, mmorosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa. Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne. Ɛyɛ ɔbarima anuonyam sɛ ɔtwe ne ho fi ɔham mu, na agyimifo de, wɔpɛ ntɔkwaw. Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nso ɔrennya hwee. Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw. Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no? Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi. Ɔhene a ɔte asenni agua so de n’aniwa huw bɔne nyinaa so. Hena na ɔbɛka se: Matew me koma mu, me ho afi afi me bɔne ho? Abrammo ahorow, susukorow ahorow, n’abien nyinaa yɛ AWURADE akyide. Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ. Aso a ɛte ne aniwa a ehu, AWURADE na ɔyɛɛ n’abien nyinaa. Mpɛ nna, na woanni hia, bue w’ani, na aduan bɛmee wo. Ɛmfra, ɛmfra! Sɛ ɔtɔfo se ne no, na ɔdan ne ho kɔ a, na ɔhoahoa ne ho. Sika wɔ hɔ, na nhene pa pii wɔ hɔ, na nimdeɛ ano yɛ adwinni a ne bo yɛ den. Nea odi ɔhɔho agyinam no, fa ne ntama, na nea odi ɔnanani akagyinam no, gye no awowa. Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma. Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina, na fa atɛmpa kyere ɔsa. Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi, na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho. Nea ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bedum sum kabii mu. Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no, akyi renwie nhyira. Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo. AWURADE akyide ne abrammo ahorow, na nsisi nsenia nso nye. Onipa anammɔntu fi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na onipa behu n’akwan mu? Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu. Ɔhene nyansafo huw abɔnefo so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so. AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ. Adɔe ne nokware hwɛ ɔhene so, na adɔe so na n’agua tim. Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen. Akuturuku a epira popa bɔne, na ɔhwe popa yafunu mpia mu. Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ. Onipa kwan biara teɛ n’ani so, na koma karifo ne AWURADE. Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ. Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne. Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu. Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu. Abɔnefo akokobirisɛm de wɔn kɔ, efisɛ wɔpo atemmu. Onipa a ɛso da no so kwan kyea, na nea ne ho tew adwuma yɛ tee. Ɔdan atifi kokoam tena ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo bɛtena ɔdan mu. Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so. Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa, na onyansafo yiyedi mu na onya nimdeɛ. Ɔtreneeni gyen n’ani hwɛ abɔnefo fi, sɛnea wɔka abɔnefo gu sɛe wɔn. Nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo su ho no, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so. Kokoam adekyɛ pata abufuw, na kokom ayɛyɛde dwudwo abufuhyew. Ɛyɛ ɔtreneeni anigye sɛ obedi asɛntrenee, na ɛyɛ hu ma amumɔyɛfo. Onipa a ɔfom fi nimdeɛ kwan so no bɛtena nsamanfo asafo mu. Nea ɔdɔ anigye bedi hia, nea ɔdɔ nsa ne ngo rennya ade. Ɔbɔnefo bɛyɛ ɔtreneeni nnwensa, na nkontompofo besi teefo ananmu. Num asase so tena ye sen ɔyere tutupɛfo a ne bo nnwo tena. Ademude a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo tenabea, na ɔkwasea de, ɔsɛe no. Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam. Onyansafo foro nnɔmmarima kurow, na osum ahoɔden a wɔde wɔn ho too so no kyene. Nea ɔkora n’ano ne ne tɛkrɛma no, ɔkora ne kra fi ahohia mu. Ɔhantanni a wahoman, ne din de ɔfɛwdifo, odi n’asɛm ahantan ntraso mu. Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no, efisɛ ne nsa nso ade mu. Ɔpere ara na obi pere ade daa adesae, na ɔtreneeni de, ɔma na ɔnkyɛe so. Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba. Atoro dansefo bɛyera, na onipa a otie asɛm, kasa daa. Onipa bɔnefo hyɛ n’ani den, na ɔteefo de, ɔtaataa n’akwan. Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ a ɛne AWURADE bedi asi. Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdi de ɛwɔ AWURADE nsam. Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika. Ɔdefo ne hiani hyia, nea ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE. Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe. Nea edi ahobrɛase ne AWURADE suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa. Nsɔe ne mfiri wɔ ɔkɔntɔnkyefo kwan so, nea ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛpan. Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho. Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa. Nea ogu amumɔyɛ no betwa mmusu, na n’anibere abaa behi. Nea ohu mmɔbɔ no nya nhyira, efisɛ ɔde n’aduan bi ma ɔbrɛfo. Pam fɛwdifo na atutuw befi adi, na akasakasa ne nsopa to atwa. Nea ɔdɔ koma mu tew na n’anom kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene. AWURADE aniwa kora onimdefo so, na obutuw ɔkɔnkɔnsani asɛm. Ɔkwadwofo se: Gyata wɔ adiwo, wobekum me, mmorɔn so! Mmea asansafo ano yɛ amoa donkudonku, nea AWURADE werɛ ahow no no bɛhwe mu. Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho. Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no. Brɛ w’aso ase tie anyansafo kasa, na fa wo koma to me nimdeɛ so. Na ɛyɛ fɛ sɛ wode besie wo yam, na ne nyinaa abom afam w’ano. Nea ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE so no, merema woahu nnɛ, wo ara! Ɛno menkyerɛw wo nsɛnkunini ahorow aduasa, afotu horow ne nimdeɛ mu, sɛ mɛma woahu nokware nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akobua wɔn a wɔsomaa wo no? Ntwa ɔbrɛfo dwow, sɛ ɔyɛ ɔbrɛfo, na ntiatia mmɔboroni so kurow pon mu. Na AWURADE bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfow wɔn no, ɔbɛfow wɔn kra. Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko, na wo ne ɔbarima niberefo mmmɔ, na woansua n’akwan, na woannya afiri amma wo kra. Nyɛ wɔn a wodi agyinam no mu bi, wɔn a wodi akagyinam no. Sɛ wunni biribi a wode betua a, adɛn nti na onnye w’ase kɛtɛ no? Ntwiw tete hye a w’agyanom abɔ ato hɔ no. Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim. Sɛ wotena ase ne ɔberɛmpɔn rebedidi a, susuw nea ɛwɔ w’anim no ho yiye; na sɛ woyɛ odifudepɛfo a, ɛte sɛ wode sekan reto wo menewa mu. Mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn, na ɛyɛ nnaadaa aduan. Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade, gyae wo nhumu yi akyidi. So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro. Nni nea ɔwɔ ani bɔne aduan, na mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn. Na sɛnea odwen ne mu no, sɛ ɔte ne no, ose wo sɛ: Didi, nom! Nanso ne koma nni wo ho. Afono ma a woadi no, wobɛfe, na wo nsɛm dɛdɛ no ayɛ ɔkwa. Nkasa ngu ɔkwasea asom, na obebu wo kasa mu nimdeɛ no animtiaa. Ntwiw tete hye, na nhyɛn nyisaa mfuw mu. Na wɔn gyefo no yɛ otumfo, ɔne wo bedi wɔn asɛm ama wɔn. Fa wo koma bra nteɛso ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho. Mfa nteɛso nkame abofra; na wode abaa hwe no a, ɔrenwu. Sɛ wode abaa hwe no a, na wode regye ne kra afi asaman. Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye, na m’asaabo ho bɛsɛpɛw no, sɛ w’ano reka nea ɛteɛ. Mma wo koma mmpere wo wɔ nnebɔneyɛfo ho, na mmom AWURADE suro ho daa nyinaa. Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene. Me ba, wo de, tie, na hu nyansa, na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so. Mfra asadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne odidifo bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa. Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa. Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso. Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi. Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani. Na oguamamfo yɛ amoa donkudonku, na ɔbea sansani yɛ abura hihiaa. Ɔtɛw nso sɛ ɔkwanmukafo, na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafo dɔɔso. Hena na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ awerɛhow mu, hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi, hena na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abere? Wɔn a wɔkyɛ nsa ho, wɔn a wɔkɔka afrasa hwɛ. Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ, na ani twa kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa. W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm. Na woayɛ sɛ nea ɔda po mfinimfini, ne nea ɔda hyɛn nnua atifi. Na wobɛka se: Wɔbɔɔ me ade, nanso mante, wɔhwee me, nanso mante, bere bɛn na menyan, na makɔpɛ nsa akyi kwan! Mma wo ho mmpere wo abɔnefo ho, na mma wɔn ho tena nnnɔ wo kɔn, na wɔn koma dwen ɔsɛe ho, na wɔn ano ka mmusu. Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama. Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den. Atɛmpa na fa kyerɛ wo sa, na nkonim wɔ agyinatufo dodow mu. Nyansa korɔn dodo ma ogyimifo, ommue n’ano kurow pon mu. Nea odwen bɔneyɛ ho no, wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo. Agyimisɛm tirimmɔ yɛ bɔne, na nnipa akyide ne ɔfɛwdifo. Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua. Gye wɔn a wɔretwe wɔn akɔ owu mu, na sɛ wɔtɔ okum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ. Sɛ wuse: Hwɛ, yennim yi a, so nea ɔkari koma no nhu mu, na nea ɔkora wo kra no nnim? Na obetua onipa ka sɛ ne nneyɛe te. Di ɛwo, me ba, na eye, ne ɛwokyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ; saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wuhu a, ɛso ade bɛba daakye, na w’anidaso no, ɛrenyɛ ɔkwa. Ɔbɔnefo, ntɛw ɔtreneeni fi, na nsɛe ne homebea. Na mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre, na abɔnefo de, amanehunu hwe wɔn ase korakora. Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiriw a, mma wo koma nnni ahurusi, na AWURADE anhu, na anyɛ n’ani so bɔne, na wannan n’abufuw amfi no so. Mma wo bo nnhaw wo, nnebɔneyɛfo ho, na mma w’ani mmmere abɔnefo. Na akyiri [asefo] nni hɔ mma ɔbɔnefo, abɔnefo kanea bedum. Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mfra amansofo, na mpofirim na wɔn sɛe bɛba, na ɔsɛe a ebefi wɔn baanu hɔ no, ɛhena na onim? Eyinom nso yɛ anyansafo dea. Atemmu mu animhwɛ nye. Nea ose ɔbɔnefo sɛ: Woteɛ, no, nkurɔfo bɛdome no, na aman bo ahuru no; na wɔn a wɔtwe aso no bedi yiye, na wɔn so na nhyira pa bɛba. Nea ɔma mmuae a ɛteɛ no te sɛ nea ofew ano. Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi. Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa Nka se: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa na mɛyɛ no, metua no nea wayɛ no so ka. Mitwaa Onipa kwaadwofo afuw ne onipa a onni ti bobeturo ho, na hwɛ, ne nyinaa afuw nsansono, na ahyehyensa akata ani, na ɛho abo fasu abubu agu. Na mehwɛe, na midwen ho yiye; mihui, na minyaa mu suahu. Nna kakra, nkotɔ kakra! Nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwowtwafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo. Eyi nso ne Solomon mmebusɛm bi a Yuda hene Hesekia nnipa fa kyerɛwee. Onyankopɔn anuonyam ne asɛm so hintaw, na ahene anuonyam ne asɛm mu hwehwɛ. Ɔsoro ware a ɛware, ne asase mu dɔ a ɛdɔ, ne ahene komam nni hwehwɛbea. Yi fi fi dwetɛ mu, na agude fi odwumfo nsam aba. Yi ɔbɔnefo fi ɔhene anim, na n’ahengua betim trenee mu. Nhyehye wo ho ɔhene anim, na nkogyina nnipa akɛse gyinabea. Na eye sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra ɔsoro ha! Sen sɛ wɔbɛbrɛ wo ase ɔberɛmpɔn a w’aniwa ahu no no anim. Mfi hyerebahyereba nkɔko, na ebewie akyiri no a wo yɔnko agu w’anim ase no, wobɛyɛ dɛn? Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi. Na nea ɔbɛte no annidi wo atɛm, na wo nsopa anka hɔ. Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kɛntɛn mu. Sɛ sika asomkaa ne amapa ahyehyɛde te no, sɛ onimkafo nyansafo te wɔ aso a ɛte asɛm so ne no. Sɛ sukyerɛma dwo te twabere mu no, saa na ɔbɔfo nokwafo te ma wɔn a wɔsomaa no, efisɛ odwudwo ne wuranom kra. Nea ɔde ayɛyɛ hunu hoahoa ne ho no te sɛ amununkum ne mframa a osu nni mu. Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti, na tɛkrɛmabere bu dompe mu. Wuhu ɛwo a, di nea ɛso wo, na anyi wo, na woamfe angu. Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia, na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo. Asabaa ne nkrante ne agyan nnamnam ne onipa a odi ne yɔnko ho adansekurum. Ɔkɔnkɔnsani so anidaso hiada te sɛ ɛse a abu ne nan a afekyere. Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no te sɛ nea ɔpa ntama awɔwbere mu, anaa nsa nyinyanyinya a wɔde gu gyakisi so. Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni, na osukɔm de no a, ma no nsu nnom; na wobɛsɔ nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu. Atifi fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim. Ɔdan atifi kokoam tena ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo a ne ho nwo bɛtena ɔdan mu. Sɛ nsuonwini yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a efi akyirikyiri asase so yɛ ne no. Ɔtreneeni a ɔtɔ ɔbɔnefo anim ntintan te sɛ nsuaniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛe no. Ɛwodi ntraso nye, enti anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ anuonyam. Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho. Sɛ ahohurubere mu sukyerɛma ne twabere mu su te no, sɛ anuonyam mfata ɔkwasea ne no. Sɛ akasanoma kyin na asomfena tu no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu. Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afurum, na abaa nso fata ɔkwasea akyi. Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno. Bua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafo. Nea ɔde nsɛm soma ɔkwasea no twitwa n’ankasa nan, na ɔnom mmusu. Sɛ apakye nan sensɛn hɔ no, sɛ nkwasea anom abebusɛm te ne no. Sɛ abohene boaa te abokuw so no, sɛ nea ɔhyɛ ɔkwasea anuonyam te ne no. Sɛ nsɔe poma te wɔ ɔsabofo nsam no, sɛ nkwasea anom abebusɛm te nen. Nea ɔbɔ ɔkwasea ne anantefo paa no te sɛ bɛmmatofo a opira nnipa nyinaa. Sɛ ɔkraman san kɔ ne fe ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no. Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no. Ɔkwadwofo se: Ɔsebɔ wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔnten so! Sɛ ɔpon dan ne ho ne mpontɛre so no, sɛ Ɔkwadwofo nso yɛ ne kɛtɛ so nen. Ɔkwadwofo de ne nsa bɔ asanka mu, ɛhaw n’ani sɛ ɔde bɛhyɛ n’anom. Ɔkwadwofo yɛ n’ani so nyansafo sen nnipa baasɔn a wɔkyerɛ ade a ɛsɛ. Nea ɔde ne ho fra asɛm a ɛnyɛ ne de mu te sɛ nea oso ɔkraman a ɔretwam aso mu. Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nnyansramma, agyan ne owu te no, sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka se: Agoru na meredi, te ne no. Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ huhuhuhu nni hɔ a, ntɔkwaw to twa. Sɛ gyabiriw yɛ ma nsramma, ne nnyina ma ogya no, sɛ ɔbarima ntɔkwapɛfo ma ɔko ano sɔ ne no. Nea ɔpɛ huhuhuhu nsɛm te sɛ mfremfrem ade, na esian kɔ nnipadua no mu pɛɛ. Ano fremfrem ne amumɔyɛ koma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura asankagow ho. Nea ɔtan obi no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu de, osiesie nkontompo. Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyide ason wɔ ne komam. Nitan de nnaadaa kata ne ho, nanso asafo mu wobeyi ne bɔne adi. Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu, na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so. Atoro tɛkrɛma kyi wɔn atamfo, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛe ba. Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda no de bɛba. Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano, ɔhɔho, na ɛnyɛ w’anofafa. Ɔbo yɛ duru na anwea yɛ pemee, na ogyimifo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa. Anibere yɛ atirimmɔden, na abufuw boro so, na hena na obetumi agyina ninkuntwe ano? Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw. Ɔdɔfo pira yɛ nokware, na ɔtamfo mfewano yɛ nsisi. Ɔkra a wamee tiatia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɔkɔm de no de, nea ɛyɛ nwene biara yɛ no dɛ. Sɛ anomaa a ofi ne berebuw mu kyin te no, saa ara na onipa a wayera afi ne fi te nen. Ngo ne aduhuam ma akomatɔyam, na onipa adamfo mu dɛ sen ne komam agyinatu. Nnyaw w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amane da no, nhyɛn wo nua fi; wo fipamfo a ɔbɛn ye, sen onua a ɔwɔ akyiri. Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora. Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe. Nea ogyina ɔhɔho akyi no, fa ne ntama, na nea odi ɔbea sansani agyinam no, gye no awowa. Nea otua ahema de nne kɛse hyira ne yɔnko no, wobebu no nnuabɔ ama no. Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa ne ɔbea ntɔkwapɛfo sɛ: Nea ose ɔresianka no no te sɛ nea osianka mframa, anaa ne nifa kita ngo. Dade sew dade ano, na saa ara na onipa tew ne yɔnko ani. Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam. Sɛ nsu ma onipa hu n’anim no, saa ara na onipa koma ma onipa foforo hu ne de. Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da, na onipa aniwa nso mmee da. Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na onipa de, sɛ n’ayeyi te na wɔde hu no. Sɛ wode ɔwɔmma siw ogyimifo ɔwaduru mu fra awi mu mpo a, n’agyimisɛm remfi ne ho. Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te, na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye. Ahode ntena hɔ daa, na abotiri nkodu awo ntoatoaso nyinaa so. Sɛ sare wu a, momono fifi, na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano. Nguanten bɛma wo adurade, na mmirekyi yɛ asase ti ade. Na mmirekyi nufusu bɛdɔɔso ama w’aduan, ne wo fifo aduan, na wo mmabaa bɛmee. Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo. Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhumufo ne nimdefo na ɛma ɔhene kyɛ. Ohiani a ɔhyɛ ohiani so te sɛ osu a ɛpra ade kɔ a ɛmma aduan mma. Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere. Nnipa bɔne nhu atemmu mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu. Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea akwan abien mu na wanya ne ho. Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔne ahohwifo bɔ no hyɛ n’agya aniwu. Nea ɔde mfɛntom ne apempensi dɔre n’ade no, ɔboaboa ano ma nea obehu abrɛfo mmɔbɔ. Nea oyi n’aso fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide. Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛhwe ɔno ara amoa mu, na pɛyɛfo de wobedi ade pa. Onipa defo yɛ n’ani so nyansafo, na ɔbrɛfo nhumufo hwehwɛ no mu. Treneefo di ahurusi a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw. Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ. Nhyira ne onipa a ɔfɛre ade daa yi; na nea ɔhyɛ ne koma den bɛtɔ bɔne mu. Ɔbɔnefo a odi ɔman abrɛfo so te sɛ gyata a ɔbobom ne sisi a n’ani abere. Ɔhene a onni nhumu, na ne nhyɛso so, nea ɔtan amimdi ma ne nna kyɛ. Onipa a odi obi mogya ho so no obeguan akɔtɔ amoa mu, mma wonnsianka no. Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa, na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu. Nea ɔdɔw n’asase no, aduan bɛmee no, na nea odi ade hunu akyi no, ohia bɛmee no. Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Animhwɛ nye, nanso aduan afono ma so mpo na onipa bedi asɛmmɔne. Oniberefo pere ahonya ho, na onhu sɛ ohia bɛba no so. Nea ɔka obi anim no akyiri no, obenya anuonyam asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ. Nea ɔfow n’agya ne ne na ade na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! No yɛ ɔdesɛefo adamfo. Nea n’akɔnnɔ so hwanyan atutuw, na nea ɔde ne ho to AWURADE so bɛdɔ srade. Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye. Nea ɔma ohiani no, ɛrenhia no, na nea oyi n’ani no benya nnuabɔ pii. Abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw, na wɔyera a, na treneefo redɔɔso. Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru. Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini. Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na nea ɔne nguamamfo bɔ bɛsɛe n’ade. Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina, na akyɛdepɛfo bɔ no. Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri. Onipa bɔne mmarato mu wɔ afiri, na ɔtreneeni bɛto ahurusi dwom, na n’ani agye. Ɔtreneeni hu abrɛfo asɛm di, ɔbɔnefo nhu saa nimdeɛ yi. Fɛwdifo sɔ kurow mu gya, na anyansafo sianka abufuw. Ɔba nyansafo ne ogyimifo di apere a, ɔyɛ hoo oo, ɔserew oo, ɔhome nni mu. Mogyapɛfo tan pɛyɛfo, na teefo hwehwɛ ne kra agye no. Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri. Ɔpanyin a otie atosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo. Ohiani ne ɔpoobɔni ade biako da nso wɔ ho, nea ɔtew wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE. Ɔhene a obu nokwatɛn ma abrɛfo no, n’ahengua betim daa. Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. Abɔnefo dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso treneefo behu wɔn asehwe. Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika. Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso nea obu mmara no, nhyira ne no. Wɔmfa nsɛm nteɛ akoa so, efisɛ ɔte ase, nso ommu. Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no. Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba. Obufufafo hwanyan ntɔkwaw, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso. Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam. Nea ɔne owifo kyɛ ade no tan ne kra, ɔte duabɔ no, nso ɔnka. Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no ho bɛyɛ sonn. Nnipa pii hwehwɛ ɔman so difo anim anuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmu fi no. Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee. Yake ba Agur nsɛm. Anisoadehu. Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel, Itiel ne Ukal sɛ: Na meyɛ aboa a menyɛ onipa, na nhumu a onipa wɔ no, minni bi. Na minsuaa nyansa, na minni ɔkronkronni no ho nimdeɛ. Hena na waforo akɔ soro na wasian? Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn? Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so. Mfa biribi nka ne nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofo. Nneɛma abien na mesrɛ wo hɔ, nkame me ansa na mawu. Yi ade huhuw ne atosɛm fi me ho kɔ akyirikyiri; mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din. Nni akoa ho nseku nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so, nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fi mu ɛ. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so! Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu. Amemem wɔ mmabea baanu: Fa ma! Fa ma! Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da, Yiw, nneɛma anan na ɛnka se: Ɛdɔɔso: Asaman ne ɔyafunu bonin, asase a nsu mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso. Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi. Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa dodo, Yiw na anan de, minhu: Ɔkɔre kwan, ewim, ɔwɔ kwan, ɔbotan so, hyɛn kwan, ɛpo mu, ne ɔbarima kwan, ababaa ho. Sɛ ɔbea ɔwaresɛefo kwan te ni: Odidi popa n’ano, na ose: Memmɔɔ mmusu bi ɛ. Nneɛma abiɛsa ase na asase wosow, Yiw na anan na entumi nsoa: Akoa a wabedi hene, ne ogyennyentwi a wadidi amee, ɔbea a obi mpɛ no, na wanya okunu, ne abaawa a wadi n’awuraa ade. Nneɛma anan na esusua asase so, nanso wɔyɛ anyansafo. Ntɛtea, ɔman a wonni ahoɔden bi, nanso wosiesie wɔn aduan ahohurubere; nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den, nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu; mmoadabi nni hene, nanso wɔn nyinaa fi nam akuwakuw; wubetumi de wo nsa akyere ɔkɔtew, nso ahene aban mu na ɔte. Nneɛma abiɛsa yi nantew mu ye, Yiw na anan kɔbea yɛ fɛ: Gyata, mmoa mu bran a ɔnsan mfi obiara anim, akodi pɔnkɔ a n’asen amia, ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre nhyɛ no. Sɛ woayɛ nkwaseade ama wo ho so, na sɛ woabɔ pɔw a, fa wo nsa to w’ano. Na wumia nufusuda a, wuyi nufusu ani srade, saa ara na wukyim hwene a, wuyi mogya, na wumia abufuw a, wuyi ntɔkwaw. Masa hene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so. Ɛdɛn, me ba, na ɛdɛn, me yafumma? Na ɛdɛn, me bɔhyɛ ba? Mfa w’ahoɔden mma mmea, na mfa w’akwan nyɛ nea ɛsɛe ahemfo. Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitiriw, sɛ wobedi nsaden akyi, na wɔannom, na wɔn werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wɔannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani. Fa nsaden ma nea ɔresɛe, ne bobesa ma awerɛhowfo. Ma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔankae wɔn amane bio. Kasa ma omum, ne mma a wonni ahwɛfo nyinaa. Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ɔbrɛfo ne ohiani asɛm. Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa koraa. Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no. Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi, ne nkwa nna nyinaa. Odwen kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so. Ɔte sɛ oguadini ahyɛn, ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba. Ade nnya nkyee a, na wasɔre, na wama ne fifo aduan, na wama ne mmaawa nnwuma. Odwen afuw ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo. Ɔde ahoɔden bɔ n’asen, na ɔhyɛ n’abasa mu den. Ɔte ne dwumadi mu dɛw, ne kanea nnum anadwo. Ɔteɛ ne nsa so tadua mu, na ne nsatea so kyekye mu. Obue ne nsam ma ɔbrɛfo, na ɔteɛ ne nsa ma ohiani. Onsuro sukyerɛma mma ne fifo, na ne fifo nyinaa furafura atankɔkɔɔ. Wanwene mmommo afa, ne ntama yɛ nwera pa ne ntama a ɛberedum. Wonim ne kunu kurow apon mu, bere a ɔte asase no so mpanyimfo mu no. Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔso ma oguadini. Ahoɔden ne ahoɔfɛ ne n’adurade, na osuro mmere a ɛwɔ n’anim. Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so. Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae, na onni anihaw aduan. Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ: Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa. Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; nanso ɔbea a osuro AWURADE na wobeyi no ayɛ. Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu. Dawid ba, Ɔsɛnkafo a odii hene Yerusalem no nsɛm ni. Ahuhude mu ahuhude! Ɔsɛnkafo na ose; ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ huhuw. Mfaso bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa. Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a efi hɔ na ɛsan pue. Mframa kɔ nifa fam, na ɛdan ba benkum fam; ɛde adannan kɔ, na n’adannan no so na mframa no nam san ba. Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Faako a nsubɔnten no nenam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio. Nsɛm nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara; obiara ntumi nka; ɔhwɛ mmee aniwa, na ɔte nso nyɛ aso ma. Dɛn ne nea aba? Ɛne nea ɛbɛba; na ɛdɛn ne nea wɔayɛ? Ɛne nea wɔbɛyɛ; na ade foforo biara nni hɔ owia ase. Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka sɛ: Hwɛ, eyi de, ɛyɛ foforo, anaa? Tete nteredee bere a edi yɛn anim no so na ɛbae. Nkae bi nni hɔ mma kanfo no, na nkyirimma a wɔbɛba no nso rennya nkae bi, wɔn a wobedi akyiri aba no nkyɛn. Me ɔsɛnkafo, midii Israel so hene Yerusalem, na mede me koma memae sɛ mede nyansa merebisa na mahwehwɛ nneɛma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato nnipa mma so sɛ wɔmmrɛ mu ne no. Mihuu nnwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Nea akyea no, wontumi nteɛ, na nea aka mu no, wontumi nkan. Mekaa wɔ me komam sɛ: Me de, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me koma ahu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso. Na mede m’adwene mehwɛe sɛ mehu nyansa, na mahu adammɔ ne nkwaseasɛm, na nso mahu sɛ eyi nso yɛ ɔdadwen hunu. Na nyansa dodow mu wɔ ɔhaw dodow, na nea otia nimdeɛ no tia awerɛhow. Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude. Misee ɔserew sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na misee anigye sɛ: Mfaso bɛn na ɛwɔ ho? Medwen me komam, sɛ mede nsa mɛhwɛ me honam, na maso nkwaseasɛm mu makosi sɛ mehu nea eye ma nnipa mma a wɔbɛyɛ ɔsoro ase, wɔn nkwa nna kakra no, nso na merema nyansa akyerɛ me kwan. Meyɛɛ nnwuma akɛse, misisii adan, meyɛɛ bobe nturo, meyɛɛ nturo ne mfikyifuw fɛfɛ fae, na miduaduaa mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa; meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so; minyaa nkoa ne mfenaa, na ofie nnipa nso wɔ me; nso minyaa anantwi ne nguan akuwakuw pii sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa; nso meboaa dwetɛ ne sika ne ahene ne nsaase so ademude ano; misii mmarima ne mmea nnwontofo ne nnipa mma anigyede ne ɔyerenom bebree; na meyɛɛ onipa titiriw, mekɔɔ so mesen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso amfi me nsa, na biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan, na me koma ani gyei me brɛ no nyinaa mu, na eyi yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa. Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase. Na medan m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na dɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyi no bɛyɛ? Gye nea wɔayɛ no dedaw! Na mihui sɛ mfaso wɔ nyansa mu sen nkwaseasɛm, sɛnea hann mfaso sen sum de no. Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim, na ɔkwasea de, esum mu na ɔnantew. Nanso mihui nso sɛ asiane koro no ara na esiane wɔn nyinaa. Na mekae me komam sɛ: Nea esiane ɔkwasea no bi ara na esiane me nso, na ɛno de, ɛdɛn nti na mihuu nyansa mesen ebinom? Na mekaa me komam sɛ: Eyi nso yɛ ahuhude. Na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, efisɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afi wɔn nyinaa dedaw; na ɛyɛ dɛn na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa wuwu! Ɛnna asetena fonoo me, efisɛ nneɛma a wɔyɛ owia ase no nye m’ani so: Na ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Na me brɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebegyaw mama onipa a obedi m’akyi aba no. Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude. Na medan me ho memaa me koma tui, ɔbrɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa ho. Na onipa bi wɔ hɔ a ne brɛ wɔ nyansa ne nimdeɛ ne yiyedi mu, nanso ɔde bɛma onipa a wammrɛ mu sɛ ne kyɛfa: Eyi nso yɛ ahuhude ne adebɔne kɛse. Na ɛdɛn na onipa nya ne brɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho owia ase no mu? Na ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerɛhow, nso anadwo mpo, ne koma ntɔ ne yam. Eyi nso, ahuhude ne no. Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu; eyi nso mahu sɛ Onyankopɔn nsam na efi; na hena na odidi, na hena na onya biribi sen me? Na onipa a oye wɔ Onyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔma ɔhaw ne ho tase ade boa ano de ma nea oye Onyankopɔn anim. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase: Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere; okum wɔ ne bere, na ɔsa wɔ ne bere; obubu wɔ ne bere, na osi wɔ ne bere; osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere; abo towgu wɔ ne bere, na abo anoboa wɔ ne bere; atuuyɛ wɔ ne bere, na atuuyɛ ntetewmu wɔ ne bere; ɔhwehwɛ wɔ ne bere, na ɔyera wɔ ne bere; nhwɛso wɔ ne bere, ɔtowgu wɔ ne bere osuane wɔ ne bere, na ɔpam wɔ ne bere; Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere; ɔdɔ wɔ ne bere, na ɔtan wɔ ne bere; akodi wɔ ne bere, na ɔmannwoe wɔ ne bere. Mfaso bɛn na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔbrɛ ho no mu? Mahu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ wonni mmrɛ mu no. Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no. Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no. Mahu sɛ ade biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa, wɔrenka ho bi, na wɔrenyi mu bi. Na Onyankopɔn yɛe sɛ wonsuro n’anim. Nea ɛba no yɛ teteete ade, na nea ɛrebɛba no nso, ɛbae teteete, na Onyankopɔn hwehwɛ nea ɛsen kɔ bio. Na nea mahu bio owia ase ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne treneebea a amumɔyɛ wɔ hɔ. Mekae me komam sɛ: Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nyinaa, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn, efisɛ adwuma nyinaa ne nneyɛe nyinaa wɔ ne bere. Mekae me komam wɔ nnipa ho sɛ: Onyankopɔn resɔ wɔn ahwɛ, na wɔahu sɛ wɔn fam no wɔyɛ mmoa ara nko. Na nnipa mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro da hɔ ma wɔn: Sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ; na ade nyinaa yɛ ahuhude. Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu. Hena na onim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro, ne mmoa honhom sɛ osian kɔ asase ase? Na mihui sɛ adepa bi nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛno ne ne de; na hena na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ nea ɛbɛba n'akyi no? Na mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi! Ɛnna medwenee sɛ awufo a wɔawuwu dedaw no ti ayɛ yie, sen ateasefo a wɔda so tete ase no. Na nea oye sen wɔn baanu no ne nea onnya mmae a onnya nhuu nneyɛe bɔne a wɔyɛ owia ase no. Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Ɔkwasea pompono ne nsa te hɔ, na odi n’ankasa ne honam. Koomyɛ kakra ye sen ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu. Na mesan mehwɛɛ owia ase ahuhude. Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no. Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue. Nso sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hyew, na obiakofo de, ne ho bɛyɛ no hyew dɛn? Na sɛ obi toa obiakofo a ɔrentumi nnyina, baanu no ne no de bedi asi ani; na prae a ɛbɔ mu no remmu ntɛm so. Efanim aberantewa hiani nyansafo sen ɔhene akwakoraa kwasea a onnim kɔkɔbɔ tie bio. Na obi fi nneduafo dan mu bedii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahenni asase no so. Mihuu ateasefo a wɔnam owia ase nyinaa ne aberantewa a otia abien a obegyinaa n’ananmu no. Ɔman no nyinaa, wɔn a wodii n’anim nyinaa nni awiei, nso wɔn a wɔbɛba akyiri no ani rennye ne ho. Na eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na wobɛn kotie a, eye sen nkwasea afɔrebɔ; na wɔn de, wonnim sɛ wɔyɛ bɔne. Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi. Na adaeso nam ɔbrɛdwen mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodow mu. Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: Nea woahyɛ bɔ no, ma! Efanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma. Mma w’ano ne wo honam nnyɛ bɔne, na nka ɔbɔfo no anim sɛ: Ɛyɛ mfomso. Ɛdɛn nti na Onyankopɔn bo mfuw wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma. Na nea ɛnam so ba ne adaeso, ahuhude ne nsɛnnodow; na Onyankopɔn mmom na suro no. Sɛ wuhu sɛ wɔhyɛ ɔbrɛfo so, na atemmu ne trenee anidan wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔso no, nea ɔso sen no hwɛ no, na nea ɔso koraa no wɔ wɔn so. Na ne nyinaa mu mfaso ne sɛ: Ɔhene bi wɔ hɔ, ma asase a wɔdɔw so no. Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude. Nea nnepa redɔɔso no, na adidifo nso redɔɔso, na yiyedi bɛn na ɛwom ma nneɛma no wuranom, sɛ ɔhwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko? Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye. Bɔne bi a ɛyɛ yaw wɔ hɔ a mahu owia ase: Ɛne Ahonyade a wɔn wuranom kora so ma wɔn ara mmusu. Na ahonyade no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam. Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ. Na eyi nso yɛ bɔne a ɛyɛ yaw, sɛnea ɔbae no ara, saa ara na ɔbɛkɔ, na ɛyɛ no mfaso bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu? Nso ne nna nyinaa, esum mu na odii, na n’abohuru ne ne yare ne n’awerɛhow dɔɔso. Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ, ɛyɛ fɛ sɛ obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ a ɔbrɛ owia ase no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de ma no; ne ne de. Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyade ne adedodow, na ɔma no ho kwan sɛ onni bi na ɔmfa sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, eyi nso, Onyankopɔn akyɛde ne no. Na ɔnkae ne nkwa nna bebree bi, efisɛ Onyankopɔn agye no so ama no ne koma anigye. Bɔne bi wɔ hɔ a mahu owia ase, na ɛhyɛ nnipa so: Obi a Onyankopɔn ama no ahonyade ne adedodow ne anuonyam, na nea ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ onni bi, na ɔnanani bi na odi, eyi de, ahuhude ne ayayade ne no. Sɛ obi wo ɔha na odi mfe pii, na ne mfe mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra nanso wɔansie no yiye a, mise, ɔpɔn ba ye sen no. Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkɔ, na esum na ɛkata ne din so, owia nso wanhu na onnim: Ɔhome wɔ hɔ ma oyi sen ɔno. Na sɛ mpo odi mfe apem mmɔho, nanso wannya mu papa bi a, so ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa kɔ? Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no. Na ɛdɛn na onyansafo de sen ɔkwasea? Ɛdɛn nso na ohiani a onim ateasefo mu abrabɔ no de kyɛn so? Aniwa adehu mmom ye, sen sɛ w’akɔnnɔ kyini. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. Nea ayɛ no, wɔabɔ ne din dedaw, na wonim sɛ onipa ne no, na ontumi ne nea ɔyɛ den sen no no nham. Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhude dɔɔso; mfaso bɛn na onipa nya? Na hena na onim nea eye ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuw mu, nna dodow a odi sɛ sunsuma no? Na hena na ɔbɛka onipa nea ɛbɛba n'akyi owia ase no? Din pa ye sen ngo a ne bo yɛ den, na owuda ye sen awoda. Awerɛhowdi fi kɔ ye sen apontow fi kɔ, efisɛ ɛno ne nnipa nyinaa awiei, na ɔteasefo de hyɛ ne komam. Awerɛhow ye sen ɔserew, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na koma nam yɛ yiye. Anyansafo koma wɔ nkɔmmɔdi fi, na nkwasea koma wɔ anigye fi. Onyansafo animka tie ye sen sɛ obi tie nkwasea dwonto. Na sɛ nsɔe turuturuw ɔsɛn ase no, sɛ nkwasea serew te ne no. Eyi nso yɛ ahuhude. Na amimyɛ bɔ onyansafo dam, na ayɛyɛde sɛe koma. Asɛm awiei ye sen ne mfiase; boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom. Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te. Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase. Nyansa ye sɛ awunnyade, na ɛyɛ mfaso ma wɔn a wohu owia no. Na nyansa onwini ase tena te sɛ sika onwini ase tena, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa. Hwɛ Onyankopɔn nneyɛe. Na hena na obetumi ateɛ nea ɔno akyea no? Da pa mu nya koma pa, na da bɔne mu dwen ho; Onyankopɔn ayɛ eyi nso aka ɛno ho, nea ɛbɛyɛ na onipa anhu n’akyi biribiara. Mahu ade nyinaa m’abrabɔhunu nna mu: Ɔtreneeni bi wɔ hɔ a ɔyera ne trenee mu, na ɔbɔnefo bi wɔ hɔ a ɔkyɛ ne bɔne mu. Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so; ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho? Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea; ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu? Eye sɛ wuso eyi mu, na eyi nso wunyi wo nsa mfi ho; na nea osuro Onyankopɔn befi ne nyinaa mu. Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu. Na onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne. Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo. Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom. Mede nyansa masɔ eyi nyinaa mahwɛ; mekae sɛ: Mehu nyansa; nso ɛne me ntam ware. Nea ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkudonku, hena na obehu? Mede me koma nso mikyinii sɛ mehu na mapee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ. Na mihuu nea ɛyɛ nwene sen owu: Ɔbea a ne komam wɔ mfiri ne asawu na ne nsa yɛ nhama; nea ɔsɔ Onyankopɔn ani befi ne ho afi, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔbɛkyere no. Hwɛ eyi na mahu, ɔsɛnkafo no na ose, mefaa mmiako mmiako, na manya ho mmuae. Nea me kra hwehwɛ bio nanso minhui ni: Ɔbarima biako na mahu no apem mu, na ɔbea de, minhuu bi, eyinom nyinaa mu. Hwɛ, eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree. Hena na ɔte sɛ onyansafo? Na ɛhena na onim asɛm ase kyerɛ? Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim denyɛ sakra. Mise: Di ɔhene anom asɛm so, Onyankopɔn ntam no nti. Mpɛ ntɛm mfi n’anim nkɔ, nnyina asɛmmɔne so, na nea ɛsɔ n’ani nyinaa na ɔyɛ. Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi? Nea odi mmara asɛm so no nnim asɛmmɔne bi, na onyansafo koma nim bere ne atemmu. Na ɛbere ne atemmu wɔ hɔ ma nsɛnnii nyinaa, na onipa bɔne dɔɔ no so so. Na obi nni hɔ a onim nea ɛbɛba, na sɛnea ɛbɛba no, hena na obetumi akyerɛ no? Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde besiw honhom no kwan, na owu da so tumi nni hɔ, na ɔkwamma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfo mfi mu mfi. Eyi nyinaa mahu, na me de, madwen adwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa ho, ɛbere bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma ɛdan no ɔhaw. Na saa nso na mihuu abɔnefo a wosiee wɔn, na wɔhyɛn wɔn home mu, nanso wɔn a wɔyɛɛ nea ɛfata no, wofi kronkronbea kɔe na ani paa wɔn so kurow mu. Eyi nso yɛ ahuhude. Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti, na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma. Sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ha na ɔtena hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn ara a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye; na ɛrenwie ɔbɔnefo yiye, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsuma, sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntia. Ahuhude bi nso wɔ asase so: Sɛ atreneefo bi wɔ hɔ a ade a ɛfata abɔnefo nneyɛe bɛto wɔn, na abɔnefo nso wɔ hɔ a ade a ɛfata atreneefo nneyɛe bɛto wɔn. Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude. Ɛnna mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu. Mede me koma mehwɛe sɛ mehu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ asase so no, sɛ awia ne anadwo po onipa nnya nna, n’aniwa mu no, ɛnna mihuu Onyankopɔn nneyɛe nyinaa, sɛ onipa ntumi nhu nneɛma a wɔyɛ owia ase no, sɛnea onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhu, na sɛ onyansafo nso ka sɛ obehu a, ɔrentumi nhu. Na eyi nyinaa na mede mehyɛɛ me komam, na mehwehwɛɛ eyi nyinaa mu, sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ Onyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtan oo, onipa nnim, nneɛma nyinaa yɛ wɔn pɛ. Ade nyinaa ba ateasefo nyinaa so pɛ, nkrabea koro na ɛda hɔ ma ɔtreneeni ne ɔbɔnefo, nea ne ho tew, ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre; nea ɔteɛ te sɛ ɔdebɔneyɛfo, nea ɔka ntam te sɛ nea osuro ntanka. Eyi yɛ bɔne nea wɔyɛ owia ase no nyinaa mu, sɛ nkrabea koro da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ nnipa mma koma ma, na adammɔ wɔ wɔn komam ara wɔn asetena mu, na ɛno akyi wɔkɔ awufo nkyɛn. Na hena na woyi no wɔ mu? Ateasefo nyinaa nkyɛn na anidaso wɔ. Na ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu. Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae. Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da. Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw. Hyɛ afahyɛ atade bere nyinaa mu, na mma ngo mmpa wo ti so. Wo ne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuw nna a ɔde ama wo owia ase no nyinaa, w’ahuhude nna nyinaa, ɛna ɛne wo de nkwa yim ne wo brɛ a worebrɛ owia ase no mu. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no. Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa. Nso onipa nnim ne bere: Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu. Nso saa nyansa yi na mihui owia ase, na ɛso m’ani so: Kurow ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi wɔ mu, na ɔhenkɛse bi baa ho betwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛse, na wohuu emu barima hiani nyansafo bi, na ɔde ne nyansa no gyee kurow no; nso obiara ankae onipa hiani no. Ɛnna mise: Nyansa ye sen mmaninyɛ, nanso wobu ohiani nyansa animtiaa, na ne nsɛm no, wontie. Anyansafo nsɛm a wɔte no komm sen nkwasea mu tumfo nteɛm. Nyansa ye sen akode, nanso ɔdebɔneyɛfo biako sɛe papa bebree. Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam. Onyansafo koma wɔ ne nifa mu, na ɔkwasea koma wɔ ne benkum mu. Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa so no, ntease bɔ no, na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea. Sɛ otumfo honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afa, na odwo brɛ bɔne akɛse ase. Adebɔne bi wɔ hɔ a mihui owia ase sɛ mfomso bi a efi otumfo anim, wɔama nkwasea so bebree, na adefo tete fam. Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so ne adehye a wɔnenam fam sɛ nkoa. Nea otu amoa no, emu na ɔbɛhwe, na nea oburuw ban no, ɔwɔ bɛka no. Nea otu abo no, nya mu yaw, na nea ɔpae nnua no, emu na obepira Sɛ obi dade ano akum na wansew ano a, ɛnne gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, nanso nyansa ma odi no yiye. Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔkyere no kaberɛ a, mfaso bi nni hɔ mma kaberɛkyerefo no. Onyansafo anom asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no. N’anom asɛm mfiase yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awiei yɛ adammɔ bɔne. Ɔkwasea ma nsɛm dɔɔso, nso onipa nnim nea ɛreba, na nea ɛbɛba n’akyi no, hena na ɔbɛkyerɛ no? Nkwasea haw hyɛ nea onnim kurow mu kɔ brɛ. Due, wo asase a wo hene yɛ abofra, na wo mmapɔmma to pon anɔpa. Nhyira ne wo, asase a wo hene yɛ adehye ba, na wo mmapɔmma to pon bere a ɛsɛ mu, ahoɔden nti, na ɛnyɛ asabow nti. Akwadworɔ nti na mpuran hunhuan, na anihaw ma ɔdan nwini. Ɔserew nti na wosiesie aduan, na nsa ma ateasefo ani gye, na sika na ɛyɛ ne nyinaa. Mpo w’adwene mu no, nnome ɔhene, anaa ɔdefo wɔ wo pia mu, na wim nnomaa de nne no bɛkɔ, na ntakraboa aka asɛm no. Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu. Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so. Sɛ osu yɛ amununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a, faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda. Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa. Sɛnea wunnim mframa kwan ne sɛ nnompe nyin onyinsɛnfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe. Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye. Hann nso yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ehu owia. Na sɛ onipa di mfe pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, nanso ɔnkae sum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; nea ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhude. Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu. Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude. Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu. Ansa na owia ne hann ne ɔsram ne nsoromma aduru sum, na osu nya tɔ a, asan amuna, ɛda a ofie awɛmfo ho bɛpopo, na mmarima ahoɔdenfo no mu akurum, na awiyamfo agyae, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so ayɛ wɔn kusuu; na wɔatoto borɔn so apon mu, na awiyamee gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofo nyinaa nne asi ase; na wɔasuro nea ɛkorɔn, na ehu aba ɔkwan mu, na ɔsonkoran aba ayɛ mfonoee, na abɛbɛw ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, efisɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyin mmorɔn so. Ansa na dwetɛ hama no atew, na sika toaa no apae, na ahina no abɔ asu ho, na asubura ho nkyimii abubu, na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn. Ahuhude mu ahuhude, ɔsɛnkafo no na ose, ne nyinaa yɛ ahuhude! Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree. Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm. Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae. Na nea aka eyinom akyi no nso, me ba, fa tew w’adwenem. Nhoma bebree yɛ nni awiei, na adesua pii hyɛ ɔhonam brɛ. Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn. Nnwom mu dwom a ɛyɛ Solomon de. Ma ɔmfa n’ano mfewano mfew m’ano, na wo dɔ ye sen bobesa. Wo sradehuam yi hua pa, ngohuam a wɔahwie ne wo din, ɛno nti na mmabaa dɔ wo no. Twe me di w’akyi! Ma yɛnyɛ ntɛm. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. Trenee so na wɔdɔ wo. Yerusalem mmabea, mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, sɛ Kedar ntamadan, sɛ Solomon mmɔɔhɔɔ. Monnhwɛ me sɛ mibiri, sɛ owia ahyehye me nti; me na mma bo fuw me, wɔde me yɛɛ bobe nturo wɛmfo, me bobeturo a ɛyɛ me de no de, manwɛn. Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ wo, ɛhe na woyɛn nguan no, ɛhe na woma wobutubutuw awiabere? Na ɛdɛn nti na menyɛ sɛ nea okyini wo mfɛfo nguankuw so? Sɛ wo de, wunnim a, wo mmea mu hoɔfɛfo, fi adi fa nguan no anammɔn so, na kɔyɛn wo mmirekyi mma, nguanhwɛfo tenabea hɔnom. Me pɔnkɔbere a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no na mede wo meto, m’adamfowaa. W’afono yɛ fɛ, mpompranne no mu, wo kɔn nso yɛ fɛ, komuade no mu. Sika nnwinne mpompranne na yɛbɛyɛ ama wo, ne dwetɛ nkoropɛe a esisi so. Ɔhene wɔ n’adidipon ho no, na me sradehuam reyi ne hua. Me dɔfo yɛ me kurobow kasiaw a ɛda me nufu ntam. Me dɔfo yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren kasiaw, En-gedi bobe nturo mu. Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa. Hwɛ, wo de, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo, yiw, wosɔ ani, yɛn nnae nso yɛ frɔmfrɔm. Yɛn adan nsɛmso yɛ kyeneduru, yɛn ntaaboo yɛ ɔpopaw. Me de, meyɛ Saron nhwiren, ne abon mu sukooko. M’adamfowaa wɔ mmabea mu sɛ nsɔe ntam sukooko. Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu a ɛwɔ kwae mu nnua ntam, ne nwini mu na mepɛ matena, na n’aba yɛ me dodom dɛ. Ɔde me aba apontow dan mu, na ne frankaa a edi me so ne ɔdɔ. Momfa bobe aba tetare nwowaw me, momfa akutu aba nnwudwo me, efisɛ meyare ɔdɔ. Ao sɛ anka ne nsa benkum hyɛ me ti ase, na ne nifa yɛ me atuu. Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam, sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ. Me dɔfo nne ni! Hwɛ, ɔreba ni! Ohuruw tratra mmepɔw, ɔbɔ nkoko so pentenkwaw. Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo. Hwɛ sɛ ogyina yɛn fasu akyi, ɔhwɛ mfɛnsere mu, otwam nyinam ahunaniankansa mu. Me dɔfo kasa se me sɛ: Sɔre ɛ, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ! Na hwɛ, awɔwbere atwam, asusow agyae na ɛkɔ koraa. Nhwiren yi ne ho adi asase so, dwonto bere adu, na wɔte aturukuku nka, yɛn asase so. Borɔdɔma rema n’abunabun agyigye, na obobe nnwennaa reyi ne hua. Sɔre, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ! M’aturukuku a wowɔ ɔbotan tokuru mu ne sorɔnsorɔmmea ahintawee, ma minhu w’anim, ma mente wo nne, na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ. Monkyere sakraman mma yɛn, sakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no, na yɛn bobe asosow nnwennaa. Me dɔfo wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko mu. Dan wo ho, me dɔfo, na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo, mpaapaemu mmepɔw so, kosi sɛ onwini bedwo na sunsuma ayerayera. Me nnae so, ɔdasu mu na mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no, mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Eyi de, mɛsɔre makyin kurow mu, mmɔnten so ne gua so. Mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Awɛmfo a wokyin kurow mu bɛtoo me: Nea me kra dɔ no no, muhuu no anaa? Mitwaa wɔn ho kakraa pɛ no, ɛnna mihuu nea me kra dɔ no no, misoo no mu na mannyaa no mu kosii sɛ mede no mebaa me na fi, ne nea ɔwoo me no pia mu. Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam, sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ. Hena ne oyi a ɔforo fi sare so ba sɛ owusiw a ɛsɔre tee, a kurobow ne huamfufu ne oguadifo nnuhuam nyinaa apun no yi? Hwɛ, Solomon apakan no, nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia, wofi Israel nnɔmmarima mu. Wɔn nyinaa kurakura mfoa, wɔasuasua akodi, wɔn mfoa bobɔ wɔn asen, anadwo wibɔ nti. Ɔhene Solomon de Lebanon nnua yɛɛ apakan fɛfɛ fae. Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntwerimu sika, n’agua yɛ ntama a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmabea de ɔdɔ adura mu. Sion mmabea, mumfi adi mmɛhwɛ ɔhene Solomon, abotiri a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne ne koma anigye da no. Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, m’adamfowaa, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, na w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa, w’anim ntontan mu. Wo nwi te sɛ mmirekyikuw a wobutubutuw Gilead bepɔw ho. Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn nwi a wofi aguaree a wɔn nyinaa awowo ntanta, na nea wabu kyenenee nni wɔn mu; w’anofafa te sɛ koogyan hama, na w’anom kasa yɛ dɛ; w’asontɔre mu te sɛ atea aba fa, w’anim ntontan mu; wo kɔn si so teateaa sɛ Dawid abantenten a akyɛm nketenkete apem sensɛn ho, ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm; wo nufu abien te sɛ atweforo nta a wodidi sukooko mu. Mɛkɔ kurobow bepɔw ne ohuamfufu koko no so akosi sɛ onwini bedwo, na sunsuma bɛyera. Wo ho nyinaa yɛ fɛ, m’adamfowaa, na ɛdɛm biara nni wo ho. Ayeforo, wo ne me mfi Lebanon, wo ne me mfi Lebanon nkɔ, na yemfi Amena atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔw so, nhwɛ fam. Woafa me koma, me nua, ayeforo, wode w’aniwa mu biako afa me koma, ne wo kɔn mu ntweaban biako. Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo, wo dɔ yɛ dɛ sen nsa dɛn ara, na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa. W’ano sosɔ ɛwomono, ayeforo, ɛwo ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase, na wo ntade mu hua te sɛ Lebanon hua. Me nua, m’ayeforo yɛ turo a woato ano pon mu, nsuaniwa a wɔasiw ano kwan, ne asubura a wɔasɔw ano. W’abaa yɛ atea aba ne nnuaba a ɛwɔ bo turo, ahuahaa ne nnuannua horow, nnuannua ne nkuto, osiko ne pɛprɛ ne ohuamfufu nnua nyinaa, kurobow ne dupapo ne nnuhuam atitiriw nyinaa; nturo mu asubura, mmasu aniwa ne nsuwansuwa a efi Lebanon so sen. Benkum fam mframa, sɔre, na nifa mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhuam nsosɔ. Ma me dɔfo mmra ne turo mu, na onni mu nnuaba a ɛwɔ bo no. Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee. Me de, mereda no, na me koma nyanee. Me dɔfo nne ni, ɔpem se: Hiɛ me, me nua, m’adamfowaa, m’aborɔnoma a wudi mu; na obosu ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔe ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma. Mayi m’atade, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi? Me dɔfo teɛɛ ne nsa faa mfɛnsere mu, na me yam hyehyee me ne ho. Ɛnna meresɔre sɛ mikohiɛ me dɔfo no, kurobow sosɔɔ me nsa ho, na kurobow sosɔɔ me nsa so, apratwom nsomu so. Merehiɛ me dɔfo, na me dɔfo dan ne ho sen kɔe; ɔrekasa no, me koma tui; mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so. Awɛmfo a wokyin kurow mu no bɛtoo me, wɔbobɔɔ me, wopiraa me, afasu so awɛmfo gyee me nkataanim. Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, sɛ muhu me dɔfo a, monka nkyerɛ no sɛ meyare ɔdɔ. Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, mmea mu ɔhoɔfɛfo? Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, sɛ woka ntam gu yɛn so sɛɛ yi? Me dɔfo hoa na ɔbere, ɔdɛnsow nnipa mpem mpem mu. Ne ti yɛ sika amapa pa, ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa, ebiri sɛ anene. N’aniwa te sɛ asuten ho mmorɔnoma a woguare nufusu, sisi ne mayɛ so. N’afono te sɛ aduhuam akofi a nnuhuam yɛ so yiye; n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ a ɛsosɔ kurobow; ne nsa yɛ sika nnwinne a wɔde sikabereɛbo asisi mu; ne nipadua yɛ asonse dwinne a wɔde hoabo adura so. N’asrɛ yɛ abofufu adum a esisi amapa nnyinaso so, ne suban te sɛ Lebanon, wɔapaw no sɛ kyeneduru nnua. N’anom wɔ adɔkɔdɔkɔde, na ne ho nyinaa yɛ anisɔde ara nko. Me dɔfo ni, na m’adamfo ni, Yerusalem mmabea. Mmea mu hoɔfɛfo, ɛhe na wo dɔfo kɔ? Ɛhe na wo dɔfo no adan ne ho afa? Na yɛne wo nkɔhwehwɛ no. Me dɔfo asian kɔ ne turo mu, aduhuam akofi ho, sɛ okodidi nturo no mu, na watetew sukooko nhwiren afɛfɛ no. Me de, mewɔ me dɔfo, na me dɔfo wɔ me, ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko no mu. M’adamfowaa, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa, woyɛ oyima sɛ Yerusalem, wo ho yɛ hu sɛ wɔn a wɔahyia ɔfrankaa ase. Yi w’ani fi me so, na ɛhaw me, wo nwi te sɛ mmirekyi kuw a wobutubutuw Gilead bepɔw ho. Wo se te sɛ nguanten mmaatan a wofi aguaree reforo ba a wɔn nyinaa awowo ntanta, na nea wabu kyenenee nni wɔn mu. W’asontɔre mu te sɛ atea aba fa, w’anim ntontan mu. Ahemmaa si aduɔsɔn, na ayefam si aduɔwɔtwe, na mmabaa nni ano. Obiako ne m’aborɔnoma a odi mu, ne na ba koro ne no, nea ɔwoo no ɔdɔba ne no, mmabaa hu no, na wohyira no, ahemmaa ne ayefam nso, na wɔkamfo no. Ɛhena ne oyi a opue sɛ adekyee, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsram, ne ho tew sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafo a wokura ɔfrankaa yi? Misian mekɔɔ adwe turo mu, sɛ mekɔhwɛ obon mu nhabamma frɔmfrɔm, sɛ mekɔhwɛ sɛ obobe afefɛw, sɛ atea agu nhwiren anaa? Minnim sɛ me kra de me besi me man adehye nteaseɛnam mu. San, san bra, Sulamit, san, san bra, na yɛnhwɛ wo. Dɛn na mohwɛ wɔ Sulamit ho? Ɔte sɛ Mahanaim asaw no. Wo mpaboa mu anammɔn tutu yɛ fɛ dɛn ara, ɔdehye babea, w’asen ne w’ataaso te sɛ adwinni a odwumfo nsa ayɛ. Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa a mfrasa mmɔ no da, wo yafunu te sɛ awikuw bi a wɔde sukooko asisiaw ho. Wo nufu abien te sɛ atweforo nta; wo kɔn te sɛ asonse abantenten; w’aniwa te sɛ Hesbon atare a ɛwɔ Batrabim pon ho no; wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko fam no; wo ti si wo so sɛ Karmel, wo ti nwi hwie te sɛ ntama a ɛberedum, ne mmɛsa afa ɔhene dommum. Wo ho yɛ fɛ dɛn ara, na wosɔ ani dɛn ara, ɔdɔfo, anigyede horow no mu. Wo kɛseyɛ yi te sɛ ɔbɛten, wo nufu te sɛ obobe kasiaw. Mise, mɛforo bɛten maso ne mpopa mu, na ma wo nufu nyɛ sɛ obobe kasiaw, na wo hwenem hua nyɛ sɛ akutu, na wo dodom nyɛ sɛ bobesa pa! Ɛno na ɛkɔ me dɔfo yiye, ɛma wɔn a wɔtɔ nko kasakasa. Me de, meyɛ me dɔfo de, na me na n’ani gyina me. Bra, me dɔfo, na yɛnkɔ petee mu, ma yɛnsoɛ nkuraa ase. Ma yentua ahema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛw, na ne nhwiren apaepae, sɛ atea agu nhwiren anaa? Ɛhɔ na meyi me dɔ makyerɛ wo. Asaa no yiyi ne hua, na aba a ɛwɔ bo nyinaa wɔ yɛn pon ano, aba afoforo ne adedaw, me dɔfo, mede masie mama wo. Oo sɛ anka woyɛ me nua a onum me na nufu ɛ! Sɛ mihu wo borɔn so a, anka mefew w’ano, nso obi remmu me animtiaa. Anka megya wo makɔ me na fi, na woakyerɛkyerɛ me ade, na mama woanom nsa a wɔde aduhuam bi agu mu, m’atea nsa no bi. Ne benkum hyɛ me ti ase, na ne nifa yɛ me atuu. Meka mo ntam, Yerusalem mmabea: Munnnyan ɔdɔ na monnhwanyan no, gye sɛ ɔno ara pɛ ansa. Ɛhena ne ɔbea yi a ɔforo fi sare so reba a otweri ne dɔfo yi? Minyan wo akutu no ase, ɛhɔ na wo na woo wo, ɛhɔ na wo wofo kyemee. Fa me si wo koma so sɛ nsɔanode, fa me si wo basa so sɛ nsɔanode. Na ɔdɔ yɛ den sɛ owu, ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asaman, ne nsramma yɛ ogya nsramma, AWURADE gyaframa. Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ, na nsubɔnten ntumi nsram so; sɛ obi de ne fi adedodow nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a, wɔremmu no hwee. Yɛwɔ onuabea kumaa bi a ɔmmɔɔ nufu ɛ, dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea no da a wobebisa n’ase no? Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, yɛbɛto no so dwetɛ aban, na sɛ ɔyɛ ɔpon a, yɛde kyeneduru ntaaboo bɛbram ne ho. Me de, meyɛ ɔfasu, na me nufu te sɛ aban atenten, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ nea ɔde asomdwoe ba. Solomon wɔ bobeturo bi Baal-hamon, ɔde bobeturo no maa ahwɛfo, sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmoma no dwetɛ apem apem. Me bobeturo a ɛyɛ me de no wɔ m’anim; apem no nyɛ wo de, Solomon, na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfo de. Wo a wote nturo no mu no, wo mfɛfo retie wo nne; ma mintie ɛ! Fa mmirika guan, me dɔfo, na yɛ wo ho sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo, nnuhuam mmepɔw so. Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so. Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko. Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease. Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi. Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow; efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ. Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no. Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia. Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora. Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo. Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani. Sɛ moba abepue m’anim a, hena na ose ɔhwehwɛ sɛ mubetiatia m’abangua so? Monnkɔ so mmmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide, Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no, mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron. Mo asram foforo ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura afono me. Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama. Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ. Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo. Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado. Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa; na sɛ moampene na motew atua a, afoa bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka. Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Nea anka kan atemmu ayɛ no ma, na trenee nso te mu, na afei de, awudifo nko! Wo dwetɛ adan fi, wo nsa pa, wɔde nsu afra mu. Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim. Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na mɛtɔ were m’atamfo so. Na mɛdan me nsa maba wo so, na mede gyakisi mɛnan wo mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ. Na mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no, ne w’afotufo sɛ mfiase no; ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man, nokware kurow. Wɔde atemmu begye Sion, na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba. Na wɔbɛdwɛre atuatewfo ne nnebɔneyɛfo prɛko, na wɔn a wogyaw AWURADE no bɛhyew. Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho. Na mobɛdan sɛ dupɔn a n’ahaban apo, na moayɛ sɛ turo a nsu nni mu; Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum. Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni: Na nna a ɛreba no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. O Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew AWURADE hann no mu. Na woagyaw wo man, O Yakob fi, efisɛ apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo, na wɔne ananafo fa ayɔnko. Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma, na wɔn akorade nni ano; apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma, na wɔn nteaseɛnam nni ano. Abosonhuhuw nso ahyehyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano nnwuma na wɔsom, ade a wɔn nsatea ayɛ. Enti wɔbrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa mfiri wɔn. AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti, hyɛn ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfutuma mu. Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa, ne nea wɔama so nyinaa so, na ɛbɛba atia Lebanon nkyeneduru a ɛware na ɛkorɔn nyinaa, ne Basan nnupɔn nyinaa so, ne mmepɔw atenten nyinaa, ne nkoko a wɔama so nyinaa so, ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa, ne afasu a ɛyɛ den nyinaa so, ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so. Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. Na abosonhuhuw no betu ayera koraa. Monhyɛn abodan ne abotan mu, ntokuru ne fam amoa mu, afi AWURADE ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan, na wahyɛn abotan ntokuru ne abo mpaepae mu, afi AWURADE ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho, na wobu no dɛn koraa? Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa, akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa, akyidua sɛ aduan nyinaa ne akyidua sɛ nsu nyinaa, dɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛfo ne ɔpanyin, aduonum so asafohene ne onuonyamfo, ne ofotufo ne dwumfo mu nyansafo, ne nea onim ntafowayi. Na mede mmerantewa mayɛ wɔn asafohene, na mmotafowa adi wɔn so. Na nkurɔfo no bɛkɔ ɔhaw mu, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwa nso, onuonyamfo so. Obi mpo bɛkyere obusuani ne nua a ɔwɔ n’agya fi mu sɛ: Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn panyin, na ɔhaw pii yi mmra wo nsa ase a, Nanso ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ mo yaresafo, na me fi nso, aduan nni hɔ na atade nni hɔ, munnsi me ɔman panyin. Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua. Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho. Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba. Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no. Me man de, mmofra na ɛhyɛ no so, na mmea di no so. Ao me man, w’akwankyerɛfo yɛ nnaadaafo, na w’atempɔn no, wɔamene. AWURADE asɔre redi asɛm, na wabegyina hɔ rebu aman atɛn; AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi; mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni. Na AWURADE aka sɛ: Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew, na wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti, Awurade bɛma atikuru agu Sion mmabea mpampam, na AWURADE beyi wɔn adagyaw so. Ɛda no Awurade beyi mfɛfɛwade no, nan ase nkaa ne ntamma ne asramfa, asom nnwinne ne nkapo ne animkata ntontan, abotiri ne anan ntam ntweaban ne abɔso ne ohuam ntoaa ne mmansere, mpɛtea ne hwenem nnwinne, ntade nsakraho ne ntade yuu ne nguguso ne sika nkotoku, nhwehwɛ ne nwera pa ne ntamabamma ne nkataanim. Na ohuam ananmu na ɔbon besi, na ntampe asi abɔso ananmu, na tipae asi mmɛsa ananmu, na ayitama asi atade ananmu, na ɔhyew twa asi ahoɔfɛ ananmu. Wo nnipa bɛtotɔ nkrante ano, ne wo nnɔmmarima ɔsa mu; na n’apon bedi obooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam. Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade; ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so; na yi yɛn aniwu fi yɛn so. Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no. Na nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa, da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no. Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so; na ɛbɛyɛ ntamadan a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu. Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebere koko bi so; na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo, na ɔtetɛw mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na otuu mu nsa-kyi-amoa nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba. Ɛnna ɛsow abuntwɛre. Na afei, mo a mowɔ Yerusalem ne nnipa a mowɔ Yuda mummu me ne me bobeturo ntam atɛn. Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe? Ɛdɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba, na asow abuntwɛre yi? Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so; mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so. Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee. Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko motena asase no so. Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdan amamfo, adan a ɛsosoe na eye rennya obi ntena mu na bobeturo a anka anantwi mpamho du yɛ mu adwuma no bɛma bobesa twahina biako pɛ, na ahina biako a wɔadua bɛma susukorow biako pɛ. Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsa akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn, na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu. Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukɔm ade ne nnipa dodow; enti asaman atrɛw n’akɔnnɔ mu, na ahan n’anom haharaa, na Yerusalem anuonyamfo ne nnipa dodow ne nnipa dɔm ne wɔn a wɔn ani ka mu no asian akɔ hɔ. Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam, na wɔabrɛ ahantanfo aniwa ase; na asafo AWURADE bɛma ne ho so, atemmu mu, na Onyankopɔn kronkron atew ne ho, trenee mu. Na nguammaa bedidi sɛ wɔn adidibea, na ananafo adidi taamudifo amamfo so. Wonnue, wɔn a wɔde amumɔyɛ hama twe atoro na wɔde teaseɛnam ntampehama twe bɔne, wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu. Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene! Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo na wɔyɛ wɔn ani so nhumufo no! Wonnue, asanom mu mmarima ne nsafra mu ahoɔdenfo! Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adammude, na wɔmfa nea odi bem no bem mma no. Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi. Eyi nti AWURADE bo afuw ne man, na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn, na ɛma mmepɔw no him, na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina, wɔ mmɔnten so, Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ, na ne nsa mu ateɛ ara. Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so. Nea wabrɛ, ne nea ohintiw nni mu, wɔn mu bi ntɔ nko na n’ani nkum, wɔn asen so abɔso rensan, na wɔn mpaboa hama rentew. Wɔn agyan ano yɛ hwirenhwiren, na wɔn ta nyinaa akuntunkuntun; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twɛrebo, na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ kyinhyia mframa; wɔn mmobom te sɛ gyata de, na wɔbobom sɛ agyataforo, wɔpa so kyere wɔn hanam kɔ a ogyefo bi nni hɔ. Na wɔbɛworo ahyɛ wɔn da no sɛ ɛpo woro, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohia ne sum ni, na hann reduru wɔn so sum. Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma. Serafim gyinagyina no ho. Wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Wɔn mu biara de abien kata wɔn anim, na wɔde abien kata wɔn nan ho, na wɔde abien nso tu. Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma. Na apon ase wosowee, nea ɔkasa no nne nti, na owusiw yɛɛ ɔdan no ma. Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera: Na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m’aniwa ahu no yi. Ɛnna Serafim no mu biako tu baa me nkyɛn, okura nsramma a ɔde dabaw kɔfae afɔremuka no so; na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ, eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so. Na metee Awurade nne sɛ ose: Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mise: Mini, soma me! Na ose: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu. Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare, Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afo koraa, na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no so. Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no. Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Fi kohyia Ahas wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no, na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mmma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti. Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ: Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔhaw no, na yemmubu mu mfa, na yensi Tabeel ba no hene wom. Enti sɛɛ na AWURADE se: Ɛrennyina na ɛremma so, na Aram ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin. Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio. Na Efraim ti ne Samaria, na Samaria ti ne Remalia ba no. Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a, mobɛhwe ase koraa. Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo! Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ. Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso? Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a okyi bɔne na ɔyɛ papa no; na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no. AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene. Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no, na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaepae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so. Ɛda no ara na Awurade de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asaria hene no, beyi eti ne anan ho nwi, na ayi bogyesɛ nso. Na ɛda no, obi bɛyɛn nantwiforo ne nguan abien bi, na nufusu a obenya no dodow nti, obedi nufusu ani srade, na nufusu ani srade ne ɛwo ara na wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bedi. Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko. Agyan ne ta na wɔde bɛba hɔ, efisɛ asase no nyinaa ayɛ nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko; na mmepɔw a anka wɔde asɔw dɔw so nyinaa no, nguare ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wobegyaa anantwi akɔ so, na nguan atiatia so. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow. Na mɛma adansefo anokwafo, ɔsɔfo Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanse. Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow. Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim. Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ: Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti, hwɛ, Awurade de asubɔnten no mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asaria hene ne n’anuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri asram ne kɔn so nyinaa; na ɛbɛsen afa Yuda mu ayiri akodu kɔn mu, na ne ntaban mu han adu w’asase trɛw so, O Imanuel. Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw. Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Na sɛɛ na AWURADE de nsa dennen ka kyerɛɛ me, na ɔde teɛɛ me sɛ mennantew ɔman yi kwan so sɛ: Mommfrɛ ade a ɔman no frɛ no atirisopam no nyinaa sɛ atirisopam, na wɔnsuro nso munnsuro, na mo bo nntu. Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo abotu. Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw botan ama Israel afi abien no nyinaa, na wayɛ hentia ne afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem no. Na wɔn mu bebree bɛwatiriw, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ afiri mu na wɔayiyi wɔn. Kyekyere adanse no, sɔw kyerɛ no ano, m’asuafo mu. Na metwɛn AWURADE a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so. Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu. Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo? Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn. Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn; na ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro, na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu. Nanso kusuuyɛ no rentena nea ahoguan no wɔ no; kan bere no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyiri no, ɔbɛhyɛ no anuonyam, ɛpo kwan, Yordan agya, amanaman Galilea no. Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so. Woama ɔman no mufo adɔɔso, woama n’anigye so, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi. Na wɔn adesoa dua ne wɔn mmati akyi abaa ne wɔn kafopoma no, woabubu mu sɛ Midian da no. Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya. Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi. Awurade de asɛm bi akra Yakob, na aduru Israel so, sɛ ɔman mu no nyinaa nhu, Efraim ne Samariafo a wɔde ahantan ne ahomaso ka sɛ: Ntayaa agu fam, na yɛde abo a wɔatwa bɛto; wɔatotow ankye agu, na yɛde nkyeneduru besi ananmu. Na AWURADE bɛma Resin ahohiafo so ahyɛ no, na wahwanyan n’atamfo: Siriafo wɔ apuei, na Filistifo wɔ atɔe, na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara. Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ. Enti AWURADE betwa Israel mu, eti ne dua akyene, berɛw ne mmɛw da koro. Mpanyin ne anuonyamfo ne eti, na odiyifo atorokyerɛfo ne dua. Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom, na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn. Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara. Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro. Asafo AWURADE abufuhyew nti na asase no ahyew tumm, na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua so. Na wohwim di, nifa so, nanso ɔkɔm de wɔn ara, na wodidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara nsa ho nam. Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara. Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara, sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa. Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no? Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu na wɔne atɔfo atotɔ afra. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara. Due, Asiria, m’abufuw abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyew! Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte. Nso ɔno de, ɛnyɛ saa na odwen, na ne koma nsusuw no sa, na ɛwɔ ne koma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii. Efisɛ ɔka sɛ: So m’asafohene nyɛ ahene nko ara? So Kalno nte sɛ Karkemis, na Hamat nte sɛ Arpad, na Samaria nte sɛ Damasko? Sɛnea me nsa kaa ahenni a wɔn abosonhuhuw ne ahoni sen Yerusalem ne Samaria de no, so ɛnyɛ sɛnea meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuw no na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso? Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka. Efisɛ ose: Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ, efisɛ mewɔ nhumu; ne ntease na matwiw aman no ahye, na mafow wɔn akorade, na masunsum wɔn a wɔtete agua so magu, sɛ ɔbran. Na me nsa aka aman no ahonyade sɛ berebuw; ne ɔman no agyapade na sɛ wɔtase nkesua a wɔagyaw no, sɛ me nso matase asase nyinaa ne no, obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtɛɛ n’anom anaasɛ osui twee twee. So akuma hoahoa ne ho nea ɔde twa ade no so, anaasɛ ɔwan ma ne ho so nea ɔtwe no no so? Sɛ gyama dua tumi him nea ɔma so no, anaasɛ poma tumi ma nea ɔnyɛ dua no so. Enti Otumfo, asafo AWURADE no, bɛma ɔfomfɔn aba n’abran mu, na wasɔ n’anuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛw. Na Israel hann no bɛdan ogya, na ne kronkronni no dan gyaframa, na wadɛw ahyew ne nguare ne ne nsɔe da koro. Na ne kwae ne ne mfuw anuonyam no, obefi ɔkra so kosi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefo a ɔyare rewie no kum. Na ne kwae mu nnua nkae no besua a abofra po betumi akan. Na da no, Israel nkae ne Yakob fi aguanfo no rentweri nea ɔhwee wɔn no bio, na wobetweri AWURADE, Israel kronkronni no, nokware mu. Nkae no bɛsan aba, Yakob nkae bɛba Onyankopɔn tumfo no nkyɛn. Na sɛ wo man Israel dodow te sɛ mpoano nwea a, nkae bi nko na ɛbɛsan aba. Wɔahyɛ ɔsɛe a ɛde trenee a ɛboro so bɛba. Na ɔsɛe pasaa a wahyɛ no pintinn no na AWURADE, asafo AWURADE, de reba asase mu no nyinaa so. Ne saa nti, sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Me man a wɔte Sion, munnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe wo, na ne poma na ɔbɛma so wo so, sɛ Misraim de no; nanso aka ketewaa bi sɛɛ na abufuhyew no to atwa, na m’abufuw adan akɔdwerɛw wɔn. Na asafo AWURADE behim mpire ahyɛ no, sɛ okum Midian, Oreb botan so no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim de no. Na da no, n’adesoa beyi afi wo mmati so, na ne kɔndua afi wo kɔn so. Na srade nti kɔndua no bɛpae. Waba Ayat afa Migron de n’akyi agyaw Mikmas; wɔakɔfa mpɔtam hɔ, akɔsoɛ Geba anadwo no; Rama ho repopo, Gibea-saul aguan. Ma wo nne so teɛm, Galim babea, Laisa, tie ɛ, Anatot, woyɛ mmɔbɔ! Madmena reguan, Gebimfo reguan agye wɔn kra nkwa. Ɛnnɛ ara wobegyina Nob, ɔwosow ne nsa gu Sion babea bepɔw, Yerusalem koko no, so. Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, de tumi a ɛyɛ hu resuaw nnubaa kusuu no, nnutan a ɛwowaree no, wobetwa agu, na nea ɛkorɔn no abrɛ ase; na ɔde dade behuw kwae mu adɔtɔ, na Lebanon ne ne nnua akɛse no ahwe ase. Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba. Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom. Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo; na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu. Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtena faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bon. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na AWURADE hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no. Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea. Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu. Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne, na wapɔn Israel asesafo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi wiase afanan so abehyia. Na Efraim anibere befi akɔ, na Yuda ahohiafo ase agu; Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio. Na wobetu akosi Filistifo mmati so atɔe fam, wɔbɛbom afow apueifo; Edom ne Moab bɛka wɔn nsa, na Amon mma atie wɔn. Na AWURADE bɛyow Misraim po mu nsu korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehye bɛwosow ne nsa akyerɛ asu Eufrate so, na wabɔ no ma adan nsuwansuwa ason na wɔde mpaboa mpo bɛfa mu. Na ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asaria ama ne man nkae a wɔaka no, sɛnea ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wofi Misraim asase so bae no. Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ. Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye. Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu. Na da no mobɛka sɛ: Monkamfo AWURADE, mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto dwom mma AWURADE, na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so. Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so. Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni: Munsi frankaa bepɔw petee so, momma mo nne so mma wɔn, munhinhim mo nsa, na wɔnhyɛn mmapɔmma abobow mu. M’ankasa na mahyɛ m’ahotewfo, na mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw, wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no. Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree nne te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE rehwehwɛ asraafo akɔ sa. Wofi akyirikyiri asase so ne ɔsoro awiei reba, AWURADE ne n’abufuhyew akode no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa. Munsu na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no. Enti nsa nyinaa mu begow, na ɔdesani biara koma bebubu; na wɔn ho bedwiriw wɔn, nketenkete ne awerɛhow bekita wɔn, wobehu yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo; wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ohufo anim. Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase no afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so. Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan. Na mɛba mabɛtwe wiase aso, ne bɔne ho, ne abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase; mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika amapa, na onipa sen Ofir sika kɔkɔɔ. Enti mɛma ɔsoro awosow, na asase ahinhim afi ne sibea, asafo AWURADE abufufa no ano ne n’abufuhyew da no nti. Na wɔbɛdannan wɔn ho akokɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn nsaase so sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo taa no, ne nguan a obi mmoa wɔn ano. Obiara a wobehu no no, wobehwirew no mu, na obiara a wɔbɛkyere no, no bɛtɔ nkrante ano; na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔn anim, wɔbɛfofow wɔn afi, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa. Hwɛ, merehwanyan Mediafo mahyɛ wɔn, nnipa a wommu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ; wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante, wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho, na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so. Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no. Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani biara rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ; na sare so mmoa a wɔyɛ keka na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na sasabonsam asaw hɔnom; na nkuntumpaa besu n’aban mu, ne sakraman nso, anigye aban no mu. Na ne bere abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛ bio. Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho. Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fi afa wɔn adi AWURADE asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so. Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afi wo yaw ne w’ahoyeraw ne w’anyadi dennen a wodii wo no mu no, wɔbɛbɔ Babel hene akutia sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhawfo no agyae, na ahoguan no to atwa yi? AWURADE abubu abɔnefo abaa ne wɔn a wodi panyin poma no mu; ɔde abufufa bobɔɔ aman ɔbɔ a ennyae da, ɔde abufuw bedi amanaman no so ɔbɛhyɛ wɔn ahometew a emu yɛ den. Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm; mpofirim ara wɔma dwom so; ɔpopaw nso nya wo ho anigye, ɛne Lebanon nkyeneduru, na ɛka sɛ: Sɛ woakɔda yi, obi remforo mma yɛn so mmɛtow yɛn. Asamando keka ne ho rebehyia wo ba a woreba no; ɛrehwanyan nsamanfo ahyia wo, asase so akunini nyinaa; ɛma amanaman ahene nyinaa sɔresɔre fi wɔn agua so. Wɔn nyinaa begye so aka akyerɛ wo sɛ: Wo nso woagurow te sɛ yɛn ara, woayɛ sɛ yɛn ara pɛ! Wo kɛseyɛ asian aba asaman, ne wo mmɛnta sanku nne no nso; w’ase kɛtɛ ne mmoawa manyamanya, na wo so nkataso ne asonson! Woafi soro ahwe ase, nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba, Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman ase no. Na wo de, wokae wo komam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahengua so masi, na matena ahyiae bepɔw no so, atifi fam asase ano noho tɔnn; mɛforo makɔ omununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no. Mmom asaman na woresian akɔ akodu amoa no ase tɔnn. Wɔn a wohu wo no hwɛ wo dinn de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosowee na ɔmaa ahenni hinhimii no ni? Nea ɔmaa wiase dan anwea so na oburuburuw emu nkurow, na wannyaw emu nneduafo kwan ankɔ ofie no ni? Amanaman ahene nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ anuonyam mu, obiara da ne damoa mu; na wo de, wɔatow wo afi wo damoa mu akyene sɛ dubaa a wɔapo no; sɛ atɔfo a afoa ahwirew wɔn mu na wɔasian akɔ abo amoa mu no adurade, sɛ funu a wɔatiatia so. Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, efisɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo nkurɔfo. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din da biara da bio. Wɔn agyanom amumɔyɛ nti, munsiesie akumii mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkurow anyɛ asase ani ma. Na mɛsɔre mahyɛ wɔn, asafo AWURADE asɛm ni, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel, AWURADE na ose. Na mede no mɛyɛ mpɛsɛe agyapade ne nsu atare, na mede ɔsɛe prae mapra no, asafo AWURADE asɛm ni. Asafo AWURADE aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, saa ara nso na ebegyina, sɛ mebubu Asiriafo m’asase so, na matiatia no so, me mmepɔw so, ne kɔndua no befi wɔn so akɔ, na n’adesoa no afi wɔn mmati so. Ɛno ne pɔw a wɔabɔ afa asase nyinaa ho, na ɛno ne nsa a wɔateɛ, amanaman nyinaa so. Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa? Na ne nsa ateɛ, hena na obesianka no? Afe a ɔhene Ahas wui no mu na atemmusɛm yi bae. Nni ahurusi, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee wo no abu, na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba, na n’aba nso ayɛ ogya wɔ a otu. Na mmɔborɔfo mmakan bedidi, na ahiafo nso adeda hɔ dwoodwoo; na mede ɔkɔm mekum wo ntini, na w’akyikafo nso, mɛma wɔatotɔ. Kurow pon, twa adwo, kurokɛse, teɛm ɛ! Wo Filistia nyinaa ma wo bo ntu, efisɛ owusiw fi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyiri. Na asɛm bɛn na wɔde bebua ɔman no abɔfo? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufo te mu dwoodwoo. Moab ho atemmusɛm. Sɛ anadwo biako wɔasɛe Ar-moab abɔ no, sɛ anadwo biako wɔasɛe Kir-moab abɔ no nti, wɔreforo akɔ Dibon ne sorɔnsorɔmmea akosu, Nebo ne Medeba; Moab retwa adwo, wɔn nyinaa abobɔ tikwaw wɔn nyinaa ayiyi wɔn bogyesɛ; wofurafura atweaatam, wɔn mmorɔn so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpɔtam, wɔn nyinaa retwa adwo, nusu abu wɔn kɔn. Na Hesbon ne Eleale teɛm ma wɔte wɔn nne kodu Yahas, eyi nti na Moab akofo teɛm dennen; ne kra ho popo. Me koma su ma Moab, na n’aguanfo kodu Soar, kodu Eglat-selisiya, na Luhit aforoe no, wɔde nusu foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛe adwotwa so. Na Nimrim asu no asɛe pɔtɔɔ, na sare aguan, na wura asa, wura momono nni hɔ bio. Enti ade a wɔanya asie ne wɔn akorade no, wɔsoa kotwa Mpampuro Subon. Na osu no atwa Moab asase so ahyia, ne su adu Eglaim, ne su nso adu Beer-elim. Na mogya ayɛ Dimon nsu no ma, na mede ade foforo nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab aguanfo ne asase no so nkae no so. Momfa nguammaa mfi Sela mfa anwea so fam nkɔ Sion babea bepɔw no so nkɔma asase no sodifo no. Na Moab mmabaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wotu kyini, sɛ berebuw a wɔayi, Arnon asutwaree. Tu fo, bu atɛn; ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hintaw, nyi aguanfo mma; ma wɔn a wɔapam wɔn afi Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn hintabea, ɔsɛefo anim! Na opoobɔfo agyae, na ɔsɛe to atwa, na nhyɛsofo nsa asase no so. Na wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so, na obi atena so, nokware mu, wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm. Yɛate Moab homan a wahoman dodo, sɛnea n’ahomaso te, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’anuɔden ne ahoahoasɛm huhuw no. Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, di awerɛhow pii wɔ Kir-hareset bobe aba tetare ho. Na Hesbon mfuw ahome tew; na Sibma bobe, a n’abaa ma aniwa yɛ twann no, amanaman wuranom koduu Yaser, na ekyinii koduu anwea so, n’abaa trɛtrɛwee koduu amanaman so ma ekotwaa po. Enti mede Yaser su misu Sibma bobe no, mede nusu migu wo so, Hesbon ne Eleale, na wo nnuaba ne w’abatew so na ɔko nteɛteɛm aba; na wɔayi anigye ne ahosɛpɛw afi mfuw pa mu, na wɔnte ahurusi dwom anaa nteɛteɛm, bobe nturo mu, na nsakyifo nkyi nsa-kyi-amoa mu nsa, atiatiafo dwom nso, matwa so. Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku, me yam nso hyehye me Kir-heres ho. Na sɛ Moab yi ne ho adi ba besu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɔhyɛn ne kronkronbea bɛbɔ mpae a, ɔrentumi nyɛ hwee. Eyi ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dedaw; na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfe abiɛsa a ɛte sɛ ɔpaani mfe no Moab anuonyam bɛsopa, ɔne ne nnipa dodow no nyinaa; na nkae no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den. Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio, na ɛbɛyɛ afabo kuw. Wɔagyaw Aroer nkurow, mmoakuw afa na wobutubutuw hɔ, na nea obetu wɔn nni hɔ. Na wɔbɛsɛe Efraim abandennen ne Damasko ahenni, na Siria nkae bɛyɛ sɛ Israelfo anuonyam no: Asafo AWURADE na ose. Ɛda no, Yakob anuonyam no besua, na ne honam a adɔ srade no betwam; na ɛbɛyɛ sɛ otwafo buma awi a esisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ nea odi awi mmɛtem mu mpɛpɛwa Refaim bon no mu. Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngo dua porow mu a aba abien anaa abiɛsa wɔ ntɛntɛnoa, anan anaa anum wɔ n’abaa a asow yiye no so no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ose. Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no; na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsatea ayɛ no, ɔremmu bio. Ɛda no na ne nkurow a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifo ne Amorifo nkurow a wɔagyaw wɔ kwae mu ne mmepɔw atifi a wogyawee wɔ Israelfo anim no, na ayeyɛ akurofo. Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn, na w’ahoɔden botan no, wonkae no; enti wudua nnua afɛfɛ na wotɛw ananafo nyame som; woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei. Ao, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ Ao, aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ! Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ, ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri, na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa, mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim. Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya. Aa, asase a wɔte ntaban nnyigyei wɔ so, a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten agya noho. Wɔsoma abɔfo fa asubɔnten Nil ani a wɔtete sakran akorow mu de nam nsu ani no fa po so se: Abɔfo a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu fi ha de rekɔ no, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa wɔn asase mu no. Mo wiasefo ne asase sotefo nyinaa, sɛ wosi mmepɔw so frankaa sɛ nsɛnkyerɛnne a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, muntie. Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni: Mɛtena m’agua so mahwɛ komm, sɛ awia ketee ahohuru mu, sɛ twabere ahohuru mu bosu mununkum. Na ennya nnuu twabere a nhwiren no aporow na dwennaa reyɛ bobe kasiaw a ɛregyigye no, ɔde dade betwitwa abaa no agu, na wayi ne nhama no abubu mu; wobegyaw ne nyinaa ama mmepɔw so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bedi so ahohurubere, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔwbere. Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo AWURADE wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha de rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenae a ɛne Sion bepɔw no so. Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu. Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni. Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo. Na mede Misraimfo mɛhyɛ owura tirimmɔdenfo nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ose. Na asubɔnten Nil mu nsu bɛyow, na asu no bɛmem na asa ayɛ kesee, na nsubɔnten no bɛbɔn, na Misraim nsuka no atwe asa nnemmire ne sakran benyinnyam. Nil kɔn so ne Nil ano wura a efuw ne ade a wɔadua Nil ho nyinaa bɛhyew apete asɛe pasaa; na apofofo no begu ahome, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa adi nkɔmmɔ, na nsu no ani asawugufo ahodwow; na siwabiri mfuturu srɛnfo ne nweranwemfo ani bewu. Asase no adum bebubu na apaadifo nyinaa werɛ ahow. Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, na Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwaseasɛm. Ɛdɛn na muse Farao sɛ: Anyansafo ba ne me, tete ahene no ba? Ɛhe na afei w’anyansafo no wɔ? Na wonyi nkyerɛ wo, na wonhu agyina a asafo AWURADE atu, Misraim so. Soan mmapɔmma adan nkwasea, na Memfis mmapɔmma nso ayera, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo adaadaa Misraim. AWURADE ahwie anisobiri honhom agu no mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛe nyinaa mu, sɛnea ɔsabofo yantam ne fe mu no. Na biribiara nni hɔ a eti anaa dua, mpopa anaa mmɛw, betumi ayɛ ama Misraim. Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmea, na wobesuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosow a ɔbɛwosow wɔ wɔn so no nti. Na Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu, Misraim ho no nti. Ɛda no, Misraim asase so ahenkurow anum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; na wɔbɛfrɛ biako sɛ: Ɔsɛe kurow. Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama AWURADE, na ɔbodum besi ne hye ho ama AWURADE, na ayɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wosu frɛ AWURADE, ahawfo anim a, wasoma ogyefo ne ɔsɛnnifo aba wɔn nkyɛn abegye wɔn. Na AWURADE beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfo behu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama. Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yare; na wɔbɛsan aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yare. Ɛda no, ɔtempɔn bɛda afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misraimfo akɔ Asiria, na Misraimfo ne Asiriafo abom asom. Ɛda no, Israel bɛto Misraim ne Asaria so abiɛsa ayɛ nhyira, asase mfinimfini, esiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asaria ne m’agyapade Israel. Afe a Tartan baa Asdod, bere a Asaria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na odii nkonim no, bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee. Na AWURADE kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammɔnhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi, saa ara nso na Asaria hene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia tukɔfo, mmerante ne mpanyin akɔ na wɔanantew adagyaw ne nammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu. Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da so ne Misraim a ɛyɛ wɔn anuonyam no ho, na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asaria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu? Atemmusɛm a ɛfa Mpoano sare so aman ho ni: Sɛ ahum tutu fi Negeb fam ba no, saa ara na efi anwea so, efi asase a ɛso yɛ hu so ba. Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa. Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔbea ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade, me koma bɔ me paa paa, ehu ama mayɛ sipiripii, ama anadwofa hann a mehwehwɛe no adan me ahopopo ara nko. Wɔtow pon, wɔsesɛw nkuntu akɛtɛ, wodidi na wɔnom. Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo, Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Kɔ, fa ɔwɛmfo kogyina hɔ, nea obehu no, ɔnka. Sɛ ohu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo baanu baanu, nteaseɛnam ne mfurum, nteaseɛnam ne yoma a; ma ɔwɛn n’aso yiye na ɔwɛn pa ara. Na ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O Awurade, migyina awɛnee ha ara daa ne daa, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa, Hwɛ nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefo baanu baanu na wɔreba yi. Na ogyee so sɛ: Ahwe ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam. M’ade a wɔaporow ne m’awiporowee ase ba! Nea mate asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, anom no na maka makyerɛ wo yi. Duma ho atemmusɛm ni: Obi bɔn me fi Seir sɛ: Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛmfo no se: Ade rekye, na adesae nso reba; sɛ mubebisa a, mummisa, monsan mmra. Arabia ho atemmusɛm ni: Dedan akwantufo asafo, anwea pradada so Arabia na mobɛsoɛ. Momfa nsu mmehyia wɔn a osukɔm de wɔn, Tema asase sofo, momfa abodoo mmehyia aguanfo; efisɛ wɔaguan afi mfoa ano, afoa a wɔatwe ne ɔta a wɔapono ne ɔko dennen ano. Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Ɛha afe, sɛ ɔpaani mfe te no, na Kedar anuonyam nyinaa asa koraa, na Kedar mma mu nnɔmmarima ta dodow nkae no besua, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, na aka. Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi? Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kurow, ahosɛpɛw kurow, w’atɔfo antotɔ afoa ano, na wɔanwuwu ɔko mu. Wo mmapɔmma nyinaa abom aguanguan kɔ; ɛnyɛ ta na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wohuu wɔn no nyinaa, woguan kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa. Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho. Na AWURADE, asafo AWURADE wɔ da bi, ɛyɛ hooyɛ ne ntiatiaso ne ahoyeraw da, adehu bon no mu, wodwiriw fasu no, wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so. Na Elam so agyan kotoku mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔfo reba, na Kir nso ayi kyɛm adi; na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo abon a ɛyɛ fɛ no amaama na apɔnkɔfo nso agyinagyina kurow pon ano. Na obeyi Yuda so nkataho no. Na ɛda no, wode w’ani bɛto kwae fi no mu akode so, na Dawid kurow no mu mpaepae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano; na mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no; na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no. Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu, Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye, anantwi menetwa ne nguan kum, namdi ne nsanom ni: Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu. Na asafo AWURADE ayi me asitiw sɛ: Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo kosi bere a mubewuwu: AWURADE, asafo AWURADE, na ose. Sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Kɔ ofie panyin Sebna yi a odi ofi no so no nkyɛn sɛ: Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu! Hwɛ, AWURADE bɛtow wo akyene anibere so, Yiw ɔbran katakyi obeso wo mu dennen, na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora. Na mesum wo afi wo sibea, na wɔadwiriw wo afi wo gyinabea. Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim maba, na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔso mabɔ no so, na mede wo panyinni mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfo ne Yuda fi. Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ. Na mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi; na wɔde n’agya fi anuonyam nyinaa bɛma no, n’asefo ne mmanana nyinaa, nneɛma nketenkete nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so. Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka. Tiro ho atemmusɛm. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn. Mo mpoanofo, monyɛ komm! Sidon aguadifo a wotwa po no yɛɛ wo ma; na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo. Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa. Misraim te nka ara pɛ, ebedi Tiro asɛm no ho yaw kɛse. Muntwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofo, muntwa adwo. So eyi ne mo ahurusidi kurow a efi tete bemee ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no? Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro abotirimafo no, a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no? Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ obegurow ahoɔfɛ ne ahantan nyinaa, na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho. Twam kɔ w’asase so sɛ Nil; O Tarsis ahyɛn nkyekyeremu bi nni hɔ bio. Wateɛ ne nsa akyerɛ po so, wawosow ahenni horow, AWURADE ahyɛ Kanaan so mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛse. Na ɔkae sɛ: Nkɔ so nni ahurusi bio, Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa. Sɔre na twam kɔ Kipro, mpo ɛhɔ nso worennya ɔhome. Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe mo aban. Na da no ɛbɛba sɛ werɛ befi Tiro mfe aduɔson a ɛte sɛ ɔhene biako bere; mfirihyia aduɔson no akyi no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ aguaman dwom no: Fa ɔsanku kyin kurow mu, aguaman a werɛ afi wo, bɔ sanku dɛdɛ, na to dwom pii, nea ɛbɛyɛ na wɔakae wo. Na mfe aduɔson no akyi no, AWURADE bɛba abɛhwɛ Tiro bio, na wasan anya n’apaade, na ɔne asase so ahenni a ɛwɔ asase ani nyinaa akɔbɔ aguaman bio; na n’aguade ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentia; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa. Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete, na sɛnea ɛbɛyɛ ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ ɔsɔfo ara nen, sɛ ɛbɛyɛ akoa no, saa ara na ɛbɛyɛ ne wura, na sɛ ɛbɛyɛ afenaa no, sɛ ɛbɛyɛ n’awuraa ara nen, na ɛbɛyɛ ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ne ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo pɛ, na nea ɛbɛyɛ ɔkafo no, sɛ ɛbɛyɛ ɔkafoni ne no. Wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa, efisɛ AWURADE na waka asɛm yi. Asase abotow na akisa, asase asɛe, na akisa, na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe. Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no. Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti; enti na asase sofo ahyew, na aka so nnipa ketewaa bi. Nsamono twa adwo, obobe asɛe; wɔn a wɔn koma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini; Mpintin ho ahurusidi agyae, ahosɛpɛwfo hooyɛ to atwa, ɔsanku ho ahurusidi agyae; wɔmfa dwonto nnom nsa, nsa yɛ ne nomfo nwene. Wɔaburuw sakasaka kurow no, wɔatoto afi nyinaa mu mma obi nkɔ mu. Wosu bobesa kɔm mmorɔn so, anigye nyinaa agu, asase so ahurusidi atu kɔ. Nea aka kurow mu ne ɔsɛe, wɔabubu kurow apon pasaa. Na saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi. Wɔn de, wɔde anigye bɛma wɔn nne so ato dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi atɔe fam. Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din. Yɛte ayeyi nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no. Na mise: Meresa, meresa, minnue! Atorofo retwa atoro, ampa ara atorofo retwa atoro pii. Ehu ne oku ne afiri da hɔ ma wo a wote asase so; na nea oguan fi ehu nkate ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde afiri yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow. Oburuw na asase buruw pasaa, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo. Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio. Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam. Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛ wɔboaboa nneduafo ano amoa mu na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso. Na ɔsram ani bedum, na owia anim agu ase, efisɛ asafo AWURADE di hene Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne ne mpanyimfo anim anuonyam mu. AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware. Na woadan kurow afabo kuw, woama abandennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da. Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo anuonyam, amanaman ahoɔdenfo kurow besuro wo. Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimmɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu. Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru; nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru. Na asafo AWURADE bɛtow aman nyinaa pon Sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsa a wɔasɔn so. Na bepɔw yi so na obeyi anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim, ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no. Ɔbɛmene owu akosi daa. Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ AWURADE na waka. Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; AWURADE a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu. Na AWURADE nsa besi bepɔw yi so; na wobetiatia Moab so n’afa, sɛ wotiatia nwura dodow so wɔ sumina so; na mpo wɔbɛtrɛw wɔn nsam wɔ mu, sɛnea osuguarefo trɛw ne nsam guare no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no. Na w’afasu a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiriw agu fam, mfutuma mu. Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ: Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe. Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no. Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to. Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, efisɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan. Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kurow a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama adu fam, wama aka fam mfutuma; wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfo anan, ahiafo anammɔn. Ɔtreneeni kwan yɛ tee, wo na wosesɛw ɔtreneeni tempɔn. Nso w’atemmu kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkae. Me kra ani gyina wo anadwo, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmude ka asase a, wiasefo sua trenee. Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu AWURADE kɛseyɛ. O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔanhwɛ; wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no; yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn. AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn. AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ wo abedi yɛn so, nanso wo nko na yɛkamfo wo din. Awufo rentena ase, asamanfo rensɔre bio, ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso na wosɛee wɔn, na womaa wɔn ho nkae nyinaa yerae. AWURADE, woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu. AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wosii wo nteɛso ano apini. Sɛ onyinsɛnfo a ɔbɛn awo kyem na ɔteɛm ne yaw mu no, sɛ yɛte, wo, AWURADE, anim ne no; yenyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛ yɛawo mframa. Yentumi nnyee asase nkwa, na wiase tefo nhwehwee ase. W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu. Me man, bra na bɛhyɛ wo mpia mu, na toto w’akyi apon mu; fa wo ho hintaw kakraa bi kosi sɛ abufuw no betwam akɔ. Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio. Ɛda no na AWURADE de n’afoa dennen a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum po mu ɔtweaseɛ kɛse no. Ɛda no, monto bobeturo fɛfɛ no ho dwom: Me, AWURADE, na mehwɛ no, migu no so nsu bere nyinaa mu; mehwɛ no anadwo ne awia, na hwee ammɛyɛ no. Abohuru bi nni me mu; sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ, anka mede ko mewura mu makɔhyew ne nyinaa. Gye sɛ woguan toa me, na wɔne me di asomdwoesɛm, asomdwoesɛm na ma wɔne me nni. Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama. So wahwe no sɛ ɔhwee ne hwefo, anaasɛ wɔakum no sɛ wokum ne kumfo no? Ne bɔne na wususuw so ne no dii, sɛ wokaa no kɔe; ɔde apuei mframa a ano yɛ den huw no, ɛda no. Enti, eyi na wɔde bɛkata Yakob amumɔyɛ so, na oyi a wɔreyi ne bɔne akɔ no so aba nyinaa ni: Sɛ ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaa ayɛ sɛ akado atɔw a afurofurow, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio. Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so; ɛhɔ na anantwi mma didi, na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we. Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ. Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako. Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem. Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue, kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no. Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree a ɛyɛ den a ɛsram so ba no. Na wobetiatia Efraim asabofo ahantan abotiri no so, na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi. Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no, ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no. Na eyinom nso de nsa retɔ ntintan, na wɔde mpahyewa rehinhim, ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan, nsa amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim, wɔtɔ ntintan, adehu mu, wɔpo dodow asenni mu. Na ɛfe ne efi ayeyɛ apon nyinaa so ma a ɔkwan nni hɔ. Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase? Wɔn a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano? Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛde akyi ahyɛde, ahyɛde akyi ahyɛde; ɛha kakra, ɛhɔ kakra. Na apɔtɔfo ano ne tɛkrɛma foforo na ɔde bɛkasa akyerɛ ɔman yi; ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome ni! Momma nea wabrɛ nhome! Na ahodwo ni! Nanso wɔampɛ sɛ wotie no. Enti AWURADE asɛm bɛdan wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛde atia ahyɛde, ahyɛde atia ahyɛde, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔakɔ akopini nkyirinkyiri, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn. Enti muntie AWURADE asɛm, mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so. Na moka sɛ: Yɛne owu apam, na yɛne asaman adi kasasie; mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan. Na mede atemmu mɛyɛ susuhama, na mede trenee mayɛ nsenia, na amparuwbo ahum behwim atoro guankɔbea no, na hintabea no nso, nsu bɛsram so; na mo ne owu apam no so bɛpopa, na mo ne asaman kasasie no rennyina mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so; mpɛn dodow a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, efisɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ebetwam; na ɛho kaseɛ asete bɛyɛ ehu ara nko. Na mpa no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nso sɛ ɔde bebum no so. Na AWURADE bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma. Na afei munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, AWURADE, asafo AWURADE no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so. Monyɛ aso na muntie me, monwɛn mo aso ntie m’asɛm. So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba? Ofuntum siesie n’asase ani daa a? So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a, ogu ɛme na ɔpete tɛtɛ, na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn, ne atoko nso wɔ n’afa, ne eyi wɔ afuw no ano? Efisɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a eye, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛɛ no. Na ɛnyɛ awiporow ade na wɔde porow ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro me, na wɔde abaa boro tɛtɛ. Wɔyam abodoo aburow, na wɔnna ho mporow no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam. Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano. Due, Ariel, Ariel, kurow a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. Na mɛma Ariel ho akyere no, na nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ aba, na Yerusalem adan me sɛ Ariel a ase ne: Onyankopɔn muka. Na mɛbɔ wo ho nsra mahyia, na mede srafo matwa wo ho dantaban, na mahɔre wo ho mpempe mahyɛ wo. Na wobɛhwe ase, ɛfam na wufi bɛkasa, mfutuma mu na w’asɛm befi ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman de afi fam, na mfutuma mu na w’asɛm asutu befi. Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma fekɔfekɔ, na atirimmɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛwa a ɛsen kɔ, na ɛbɛba mpofirim, afrɛso. Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba. Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ ɔdae, anadwo adehu. Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɔkɔm de no so dae, na hwɛ, ɔredidi, na onyan a, ɔkɔm da so de no, anaasɛ, nea osukɔm de no so dae, na hwɛ ɔrenom nsu, na onyan a, na watɔ piti, na osukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabetu Sion bepɔw so sa no nyinaa bɛyɛ. Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiriw mo, monkeka mo ani mfomfam na mo ani mfura. Bow, nso ɛnyɛ nsa; Tɔ ntintan, nso emfi mpahyewa, na AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so. Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano. Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma. Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti, hwɛ, mɛkɔ so me ne ɔman yi adi anwonwasɛm ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wɔn anyansafo nyansa ayera, na wɔn nhumufo nhumu atu. Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw AWURADE fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn anaa hena na onim yɛn? Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa annwene aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!? So ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adan nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae? Ɛda no, asotifo bɛte nhoma mmobɔe no mu nsɛm, na anifuraefo aniwa afi kusuu ne sum mu ahu ade; na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu; na otirimmɔdenfo nni hɔ bio na ahiiyifo asa, na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene, wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu. Enti sɛ AWURADE a ogyee Abraham no ka kyerɛ Yakob fi ni: Afei Yakob ani renwu bio, na afei aniwu remma n’anim ntu fitaa bio. Na sɛ ohu ne mma, ne me nsa ano adwuma wɔ wɔn mu a, wɔbɛma me din ayɛ kronkron, na wɔatew Yakob kronkronni no ho, na wɔafɛre Israel Nyankopɔn no. Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu benya ntease, na anwiinwiifo nso ani begye kyerɛkyerɛ ho. Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no. Wosim kɔ Misraim a wɔammisa m’anom asɛm, sɛ wokotweri Farao ahoɔden, na wɔakɔdɔ Misraim nwini. Ne saa nti Farao ahoɔden bɛdan mo aniwu, na Misraim nwini mu guankɔ ayɛ mo ahohora. Na Yuda asafohene wɔ Soan, na wɔn abɔfo adu Hanes; wɔn nyinaa ani bewu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso. Wɔrenyɛ wɔn ɔboa anaa mfaso bi, na mmom aniwu ne ahohora. Anafo fam mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohia ne ahokyere asase so, nea gyatabere ne gyatanini wɔ no, nea ahurutoa ne ɔwɔ a otu wɔ no, wɔde wɔn nneɛma agugu mfurum akyi, ne wɔn akorade nso yoma akyi apɔw so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso bi no nkyɛn. Efisɛ Misraim boa yɛ adehuhuw ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab a ase ne: Hooyɛfo, a wɔte hɔ dinn. Afei kɔ na kyerɛw gu ɔpon bi so ma wɔn, na kurukyerɛw hyɛ nhoma mu, na ɛntena hɔ nkosi daa daa, na ɛnyɛ adansedi afebɔɔ Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara. Wɔka kyerɛ adehufo sɛ: Munnhu ade! Na wɔka kyerɛ adiyifo nso sɛ: Monnhyɛ yɛn nea ɛteɛ ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monhyɛ nnaadaasɛm ho nkɔm! Momman mfi ɔkwan no so, monkwae ɔtempɔn no, momma Israel kronkronni no nyera yɛn ani so. Enti, sɛ Israel kronkronni no ka ni: Esiane sɛ asɛm yi afono mo na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo so na mode mo ho to so nti, amumɔyɛ yi bɛdan mo sɛ mpaepae wɔ ɔfasu a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu, na ne bu ba mpofirim, afrɛso. Na ɔbɛbɔ ɔman no sɛ ɔnwemfo ahina a wɔdwerɛw no dwerɛbee a ebi nka, na wonnya n’asinasin mu fɛre a wɔde betu muka mu gya anaasɛ wɔde bɛsaw abura mu nsu. Na sɛ AWURADE, Israel kronkronni no se ni: Sanba ne brɛooyɛ mu na wobegye mo nkwa, kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene; na mokae sɛ: Daabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtena akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare! Nnipa apem prɛko beguan obiakofo huyi ano; nnipa baanum huyi ano na mubeguan akosi sɛ mobɛka sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, sɛnkyerɛnne a esi koko so. Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa. Na ɔman no bɛtena Sion, wɔ Yerusalem; na worensu bio; ɔdom na ɔbɛdom wo atie wo nteɛm no; ɔte ara pɛ a, obegye wo so. Na ɛwom sɛ Awurade bɛma mo ahohia mu aduan ne ahoguan mu nsu de, nanso w’akyerɛkyerɛfo remfa wɔn ho nhintaw bio, na mmom w’aniwa behu w’akyerɛkyerɛfo no; na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so. Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ! Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so; na anantwi ne mfurum mma a wɔyɛ mfuw mu adwuma no bedi afrafraduan pa a wɔde sɔnwee ne apaawa ahuw so. Na mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so no, asuasu ne nsubɔnten bɛsen hɔ, okunkɛse da a aban atenten bɛhwehwe ase no. Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no. Hwɛ, AWURADE din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw wɔ owusiw kumɔnn mu, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade. Na n’ahome te sɛ asu a eyiri bedu kɔn mu, na ɔde hunuyɛ sɔnee ason amanaman so, na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman anom. Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔde atɛntɛbɛn nnwom rekɔ AWURADE bepɔw so, Israel botan no nkyɛn. Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahu ne nsa a ɛresian, abufuw ahomegu ne adehyew gyaframa, osu babababa ne osu yɔɔ ne amparuwbo mu. Na AWURADE nne nti Asaria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no, na hyɛbea abaa a AWURADE bɛma asi no so no bɛka no, mpintin ne asanku ano, na nsa wosow na ɔde ne no bɛko. Wofi teteete na asiesie akyide hyewbea no; ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛw, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE ahome bɛsɔ ano sɛ sufre asubɔnten. Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ. Nanso ɔyɛ onyansafo, na ɔde bɔne ba; ne nsɛm nso, ɔrensan, na ɔbɛsɔre ahyɛ abɔnefo fi ne wɔn a wɔboa amumɔyɛfo no. Na Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na wɔnyɛ honhom. Na AWURADE teɛ ne nsa a, na ɔboafo awatiri, na nea wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe. Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni: Sɛnea gyata bobom na gyataforo su ne hanam so, na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so mpo a, wɔn nne mma ɔmmɔ piriw, na wɔn hooyɛ mma ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE beduru sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so. Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no, saa ara na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so. Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn. Ɛda no wɔn nyinaa bɛtotow wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuw a mo nsa ayɛ ma mode ayɛ bɔne no agu. Na Asaria bɛtɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano, na afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho aguaa, afoa anim, na wɔde ne mmerante ayi tow. Na ne botan de ehu bɛsen akɔ, na n’asafohene de ahopopo afi frankaa no ho, AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ose. Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene. Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini. Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn; na adwenharefo a ɛpere asɛm ho benya nhumu na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew. Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfo. Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm. Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware. Na ɔdɛɛfo dwen ayamye, na ayamye ara na ɔde gyina. Mo mmea a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me! Mmabea a mo ho dwo mo, monyɛ aso mma m’asɛm. Afe ne akyi nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abatew to betwa, nnuaba anoboa remma bio. Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweaatam mmobɔ mo asen. Mommobɔ mo koko, mfuw afɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛsow pii no ntia. Nsɔe ne nguare fuw me man asase no so, anigye kurow no mu anigye adan nyinaa so po. Na aban fɛfɛ no bɛda ntuw, wobegyaw kurow a nnipa dɔɔsɔ wɔ mu, ne koko ne ɔwɛn aban bɛdan atu de akosi daa, sare so mfurum anika ne mmoakuw adidibea. Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae; na atemmu bɛtena sare so, na trenee nso atena asasebere a ɛma nnɔbae no mu; na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea. Na amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora. Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moma nantwi ne afurum nantew kwa. Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so. O, AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo. Yɛ yɛn basa daa adekyee, ne yɛn nkwagye, ahohia bere mu. Hooyɛ no ano na aman guanguan, wo ho soma ano na amanaman pete. Na wɔtase asade sɛ ntuntummɛ tase ade, sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so. Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmu ne trenee ahyɛ Sion ma. Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude. Hwɛ, wɔn abran reteɛm mmorɔn so, asomdwoe bɔfo resu osu yawyaw; Akwantempɔn ada mpan, akwantemfo agyaa mu twa; wabu apam no so, wabu nkurow animtiaa, ommu ɔdasani bi. Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo. AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so. Modwene ade huhuw, na mo nsusuwii yɛ ɔkwa; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhyew mo. Na aman bɛyɛ akado a wɔahyew, nkraadua a wɔatwa a wɔde gya sɔ ano. Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ, na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ. Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu? Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne, ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no guankɔbea, wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da. W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa. Wo koma bedwen ahude no ho: Ɔkanfo no wɔ he? Ɔkarifo no wɔ he? Nea ɔkan abantenten no wɔ he? Worenhu anuɔdenfo, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnte, na wɔpɔtɔ a wɔnte ase no. Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no. Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidi mu, kurow a ɛho wɔ asu akɛse ne nsuwansuwa; atabon ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛse rentwam wɔ hɔ. Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa. Wo ntampehama mu agow, entumi nsuso ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛw hyɛn ntama mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu, mpakye po bɛfow ade. Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn. O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa. Na AWURADE abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum. Na wɔn atɔfo no, wɔbɛtow wɔn agu, na wɔn afunu ayi hua kankan, na wɔn mogya ahono mmepɔw. Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw, na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛ obobe so ahaban po, anaasɛ borɔdɔma so de po no. Na m’afoa anom amee, ɔsoro; hwɛ, esian ba Edom so, ɛba me nnome man no so abebu atɛn. Mogya ara nko adue AWURADE afoa, srade aforɔw ho, nguammaa ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade; na AWURADE wɔ okum afɔre, wɔ Bosra, ne okunkɛse, Edom asase so. Na nantwi a n’ani abere ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwi ne anantwinini akɛse, na wɔn asase bɛbow mogya, na srade ayɛ wɔn dɔte sɔɔsɔɔ. Na AWURADE wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion. Na Edom nsuwansuwa bɛdan amane, na ne dɔte nso adan sufre, na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw; ɛrennum anadwo ne awia, ne wusiw bepun akosi daa, na ayɛ amamfo, awo ntoatoaso nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa; na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa, na patu ne kwaakwaadabi atena hɔ; na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama, na amamfoyɛ sumpii bo asɛn so. Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ: Ahenni Bi Nni Hɔ, na n’asafohene nyinaa bɛyera. Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu, na ahyehyensa ne nkraadua afuw n’abandennen mu, na ayɛ sakraman tenabea ne nsohori adidibea. Na sare so mmoa ne nkuntumpaa behyia hɔ, na sasabonsam asu afrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho; ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena, na wɔanya ɔhomebea. Ɛhɔ na ɔpatu bɛyɛ ne buw, na watow abutuw so asow, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwini mu, na apete nso aboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ obiara ne ne sɛso. Monhwehwɛ AWURADE nhoma no mu nkan: Nneɛma no mu biako pɛ mpo renyera, ebiara sɛso remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano. Na ɔno na watwe ntonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhama akyɛ ama wɔn, sɛ wonni so nkosi daa, na wɔntena so, awo ntoatoaso nyinaa mu. Num so ne nkyerekyerewa benya anika, na anwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu AWURADE anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no. Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa! Ɛno na anifuraefo aniwa bebue, na asotifo aso abue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato ahurusi dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman tenabea a wobutuwii no, wura befifi ayɛ sɛ demmire ne nkyɛkyerɛ. Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn; ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu. Gyata biara remma hɔ, na anworanworaboa bi rensi so; wɔrenhu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so. Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan. Na ɛbae sɛ ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu no, Asaria hene Senakerib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae. Na Asaria hene somaa Rabsake no fii Lakis baa Yerusalem ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duru bae; na obegyinaa atifi tare a ɛwɔ ɔtamahorofo asasewa tempɔn no so no suka ho. Na Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa, fii adi kɔɔ ne nkyɛn. Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛse, Asaria hene no se ni: Dɛn koraa na wode wo ho to so yi? Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, ɛhena so na wode wo ho to na wotew me so atua yi? Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abu a sɛ obi tweri a, ɛwɔ ne nsam hwirew mu no: Saa na Misraim hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa. Na sɛ wuse me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka yi anim na monsɔre, no? Na afei, wo ne me wura, Asaria hene, nto nkyia ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa. Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nti wode wo ho akɔto Misraim so yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewaa mu safohene biako? Na afei, so mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ mebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no. Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa mu, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte. Na Rabsake no se: Me wura asoma me wo ne wo wura ne mmarima a wɔtete ɔfasu yi so nkyɛn a wadome wɔn te sɛ mo, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara? Ɛnna Rabsake gyinae, na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu sɛ: Muntie ɔhenkɛse, Asaria hene no, asɛm! Sɛ ɔhene se ni: Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo, nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye ara na AWURADE begye yɛn, wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa. Munntie Hesekia! Na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu akosi sɛ mɛba mabɛfa mo makɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase. Na mommma Hesekia nnto mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn: So amanaman anyame mu biara agye n’asase afi Asaria hene nsam? Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, so wɔagye Samaria afi me nsam? Nsaase yi anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na AWURADE rebegye Yerusalem afi me nsam? Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe ne sɛ: Mummmua no! Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no. Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu, na ofuraa atweatam, na osiim kɔɔ AWURADE fi. Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne abususɛm da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn. Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no. Na ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn, na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura ni: Sɛ AWURADE se ni: Nsuro nsɛm a wotee a Asaria hene nkoa de abɛyaw me no. Hwɛ, me na mede honhom bi mɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano, n’asase so. Na Rabsake sanee, na ɔkɔtoo Asaria hene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afi Lakis. Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔtee no, ɔsomaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa. Hwɛ, wo ara woate nea Asaria ahene ayeyɛ nsaase nyinaa asɛe no pasaa no, na wo na wobeyi wo anaa? So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no? Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwaim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ? Na Hesekia gyee nhoma no abɔfo no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fi; na Hesekia trɛw mu, AWURADE anim. Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpae sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn, asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’aniwa, AWURADE, na hwɛ! Na tie Senakerib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no nyinaa! Ɛwom, AWURADE, Asaria ahene asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsaase, na wɔatotow wɔn anyame agu gya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn. Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wone AWURADE, wo nkutoo korɛ. Ɛnna Amos ba Yesaia soma kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nea wobɔɔ me ɛho mpae, Asaria hene Senakerib ho no, eyi ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabun Sion babea no bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi na Yerusalem babea rewosow ne ti. Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn yi? Wode ahyɛ Israel kronkronni no. Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodow maforo makɔ mmepɔw atifi, Lebanon mu noho tɔnn; na metwitwa ne nkyeneduru atenten ne ɔpopaw a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makodu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaebirentuw mu. Me na matutu mmura manom mu nsu, na mede me nammɔn mu mayow Misraim nsubɔnten nyinaa. So wontee sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmere mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama aba mu, sɛ ma nkurow a afasu atwa ho ahyia nnanan akurofo akuwakuw, na emufo a wɔagurow no ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan sɛ mfuwa so ahaban ne wura momono, adan atifi wura ne awi a ennya mmaa ne ho so na aguan. Na minim w’asetena ne wo kɔree ne bae ne wo dam a wobɔ me so no. Esiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwaebɔ aforo abedu m’asom nti, mede me kaa mɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ mato w’anom, na masan wo afa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ. Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu, munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu moadi nea ebefifi akyiri aba no, na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba. Na Yuda fi mu nkae a wɔafi mu afi no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba; na Yerusalem na nkae bi befi, na wɔn a wɔafi mu no afi Sion bepɔw so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi. Enti sɛ AWURADE ka Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no. Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔrenhyɛn mu, AWURADE na ose. Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia. Ɛnna AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu. Na Asaria hene Senakerib tu siim sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe. Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fi no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no, na wofii mu guan kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-hadon sii n’ananmu dii hene. Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu, na worennya nkwa. Ɛnna Hesekia dan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ: Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, mede mfe dunum mɛto wo nna so, na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban. Na eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne, sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no: Hwɛ, merebɛsan owia dɔn so sunsuma a owia ma esianee Ahas owia dɔn so no mama akɔ akyiri nkyekyɛmu du. Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no. Nsɛm a Yuda hene Hesekia, a ɔyaree na onyaa ne yare mu nkwa no kyerɛwee ni: Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini na merekɔ asaman abobow ano, wɔregye me nsam me mfe nkae. Mise: Merenhu AWURADE bio, wɔ ateasefo asase so; merenhu nnipa bio, wɔn a wɔte asaman no mu. Wɔayi me tenabea ma atu afi me ho kɔ sɛ oguanhwɛfo ntamadan, mabobɔw me nkwa sɛ ɔtamanwemfo; worebetwa me afi asadua no mu: Worewie me da koro adesae. Midwudwoo me ho mikosii anɔpa, obubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesae. Misii apini sɛ asomfena, sɛ asukɔnkɔn, midii nkɔmmɔ sɛ aborɔnoma; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: Awurade, me ho kyere me, di ma me! Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ. M’ani asare dwe, me kra awerɛhow no nti. O Awurade, ɛno so na nnipa nam tena ase, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ: Ɛnne na ma me ho nsan, na ma minnya nkwa. Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi. Na ɛnyɛ asaman na ɛda wo ase, ɛnyɛ owu na eyi wo ayɛ. Wɔn a wosian kɔ amoa mu no ntwɛn wo nokware; Ɔteasefo, ɔteasefo na ɔda wo ase, sɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma hu wo nokware. AWURADE begye me nkwa, na yɛbɛbɔ sanku yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fi. Afei Yesaia kae sɛ wɔmfa borɔdɔma tɔw ntare pɔmpɔ no so, na obenya ahoɔden. Na Hesekia nso kae sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ mɛkɔ AWURADE fi? Ɛbere no mu no Babel hene Merodak-baladan a ɔyɛ Baladan ba somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akodedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wofi Babel. Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wɔ wo fi? Na Hesekia se: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu, biribi nni m’adekora adan mu a mamfa mankyerɛ wɔn. Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm: Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose. Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo. Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, eye. Efisɛ ose: Ɛnne na asomdwoe ne ɔmannwoe bɛba me bere so. Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose. Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akode asa, sɛ wɔde ne mfomso akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho. Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so, monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn. Wɔmmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom. Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka. Ɛnne bi se: Teɛm! Na mise: Menteɛm dɛn? Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren. Wura guan, nhwiren twam, na AWURADE ahome huw fa so. Ampa, ɔman no yɛ wura. Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa. Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni. Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bedi nim ama no; hwɛ, n’akatua ka no ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim. Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo. Hena na ɔde ne nsayam asusuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu? Hena na ɔteɛ AWURADE honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade? Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan? Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ. Na Lebanon nso hyew, na ne mmoadoma nso ɔhyew afɔre. Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu. Na hena ho na mode Nyankopɔn bɛto, na suban bɛn na mode besusuw no? Ohoni de, odwumfo na ogu, na sikadwumfo de sika dura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho; nea ayɛyɛde abɔ no no paw dua a ɛmporɔw; ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo fa, na wasen ohoni a ɛnkeka ne ho. So munhui? So montee ɛ? So womfii mfiase nka nkyerɛɛ mo? So efi asase nnyinaso so, montee biribiara ase? Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu. Ɔno na ɔma abirempɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee, ɔdan asase so akannifo sɛ ahuhude. Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu ntini ara pɛ, na wahuw afa wɔn so ama wɔakisa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛwa. Na ɛhena ho na mode me bɛto na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ose. Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri. Ɛdɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahintaw AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so? So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye. Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw. O Mpoano aman, monyɛ komm ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforo. Ma wɔmmra mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asennii ntie atemmu. Hena na onyan nea ofi apuei no a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahene hyɛ n’ase. N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw, ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu. Otiw wɔn na otwam sɔnn sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so. Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me AWURADE na midi kan, na akyikafo mu nso mene ɔno ara. Mpoano aman hui, na wosuroe, asase awiei ho popoe. Wɔbɛnee na wɔbae. Oyi boa ne yɔnko, na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den! Odwumfo hyɛ sikadwumfo den, nea ɔde asae toromtorom ho yɛ nea ɔbɔ atommo so saa ara, ɔka wɔ ɔsɔ no ho sɛ: Ayɛ yiye, na ɔde nnadewa bobɔ mu, na antu. Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mapaw no, me dɔfo Abraham asefo! Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene! Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu. Hwɛ, wɔn a wɔn bo ahuru wo nyinaa ani bewu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera. Wobɛhwehwɛ wɔn a wɔne wo ham no nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo adi ako no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa. Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo! Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no. Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri nnamnam foforo anofanu, na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku, na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa. Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho. Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu na ebi nni hɔ a osukɔm nti wɔn tɛkrɛma so awo no, me, AWURADE, megye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn. Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti; mɛma sare so aba nkyeneduru, ɔkanto, ohuamma ne ngo nnua; mɛma ɔpopaw, asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abom asisi sare so, sɛ nnipa nhu nte ase mfa nsie koma mu na wonnwen ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyinom, na Israel kronkronni no na ɔbɔe. Mommɛka mo nsɛm, AWURADE na ose, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ose. Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no, sɛ ɛte, na yennwen ho nhu n’awiei, anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte. Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no na yenhu sɛ anyame ne mo; yiw, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiriw yɛn na yensuro. Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛe yɛ adehuhuw; akyide ne nea ɔfa mo. Mahwanyan obi afi atifi fam ma waba, awiapuebea na obefi abɔ me din; na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so, na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte. Hena na ofi mfiase kae, na anka yenhu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafo!? Ampa, nea ɔkae nni hɔ nea ɔma wɔtee nni hɔ, nea ɔtee mo nsɛm nni hɔ. Me na midii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, woni: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafo. Na mehwɛe, na obi nni hɔ, na wɔn mu nso, ɔfotufo bi nni hɔ a mibisa a, anka obebua me. Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛe nyɛ hwee; wɔn gu ahoni yɛ mframa ne ahuhude. Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu. Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, anaa ɔremma wɔnte ne nne abɔnten so; demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum; nokware so na obeyi atemmu adi; n’asɛm ano rennwo, na ɔrempa abaw de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atemmu besi asase so, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni, nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no. Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu, na maso wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann sɛ: Bue aniwa a afura, yi apokyerɛfo fi afiase, ne wɔn a wɔtete sum mu fi nneduadan mu. Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni. Kan de no, hwɛ, aba mu, na nneɛma foforo na merekyerɛ, ennya mfii yi merema moate. Monto dwom foforo mma AWURADE, mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom. Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsuano aman ne wɔn a wɔtete so. Ma anweatam ne ɛso nkurow mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te so no; ma Sela mufo nto ahurusi dwom, womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se. Ma wɔnhyɛ AWURADE anuonyam, na wɔnka n’ayeyi mpoano aman mu. AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm. Mifi muaa m’ano akyɛ, mayɛ komm, masianka me ho; afei mɛbom sɛ ɔwofo a ɔrekyem; mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko. Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam, na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan; na madan nsubɔnten nsupɔw, na mayow atare nyinaa. Na megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn. Na wɔn a wɔn ho da abosom so no, wɔbɛsan wɔn akyi, na wɔn ani bewu; wɔn a wɔka kyerɛ ogu ahoni sɛ: Mone yɛn anyame, no. Asotifo, muntie! Na anifuraefo, monhwɛ na munhu! Hena ani na afura sɛ m’akoa, hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no no? Hena ani na afura sɛ nea ɔwɔ m’asomdwoe apam mu, anaa hena na n’ani afura sɛ AWURADE akoa no? Wahu nneɛma pii, nso ɔnhwɛ; wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm. AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam. Nanso wɔyɛ ɔman a wɔafow wɔn afom wɔn; wɔama wɔakɔka ntokuru mu, wɔde wɔn ahintaw nneduadan mu; wɔafow wɔn a ogyefo nni hɔ, wɔafom wɔn a nea ɔbɛka sɛ: Dan ma! Nni hɔ. Mo mu hena na ɔbɛyɛ eyi ho aso, na wawɛn n’aso atie akyiri yi? Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no? Enti na ohwiee n’abufuhyew ne nnɔnkoe a ano yɛ den no guu no so, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiae, nanso wanhu, na ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam. Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me. Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo. Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel kronkronni, wo gyefo no. Mede Misraim ayɛ agyede ama wo, mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu. Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu. Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano; mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano: Obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no. Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no. Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. Mo mu hena na ɔbɛka eyi? Na kan nneɛma no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware! Mone m’adansefo, AWURADE na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. Me, mene AWURADE, na ogyefo bi nni hɔ sɛ me! Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, na ɔfoforo bi nni mo mu; na mone m’adansefo, AWURADE na ose. Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani? Sɛ AWURADE, mo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa. Me, AWURADE, mene mo kronkronni, Israel bɔfo, mo hene no. Saa na AWURADE se, nea ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no, nea ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima fii adi no, wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wodunnumii sɛ asaawa, Monnkae kan nsɛm, na munnnwen atetede. Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi, afei na ɛrefifi, so munhu? Mɛbɔ sare so kwan, mɛma nsubɔnten aba anwea pradada so. Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam, sakraman ne nsohori, sɛ mama nsu aba sare so na nsubɔnten aba anwea pradada so, na mede mama me man a mapaw wɔn no anom, ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ. Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel! Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho; woamfa dwetɛ antɔ ahwerew amma me, na woamma w’afɔre srade ammee me, na mmom, wode wo bɔne yɛɛ m’adesoa, na wode w’amumɔyɛ ma mebrɛe. Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae. Bɔ me sobo ɛ, na yemmeyiyi ntɛn; wo de, ka w'asɛm, na woadi bem. W’agya a odi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafo afomfom me, enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo. Na afei tie, m’akoa Yakob ne Israel a mapaw wo. Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ wo, na ɔnwenee wo fii yafunum na ɔboa wo no se ni: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mapaw wo. Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so, na wɔafefɛw sɛ sare a ɛwɔ nsu mu sɛ asukɔn so nnuaa, nsuten so. Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho. Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko. Hena na ɔte sɛ me? Ma ɔnka ɛ! Ma ɔmpae mu nka, mfa nsi m’anim. Hena na ofi tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede mesi hɔ daa ne nneɛma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn nea ɛbɛba no. Mommma mo bo nntu, na munnsuro! Ɛno emfi tete bemee na mema wɔtee na mekae? Na mone m’adansefo. So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi. Ahonidwumfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu. Hena na ɔnwenee onyame bi na oguu ohoni bi a ɛho nni mfaso? Hwɛ, ne mpamfo nyinaa ani bewu, na adwumfo no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu. Ɔtomfo sew n’adwinnade yɛ ogya mu adwuma na ɔde asae bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ɛho adwuma; odi kɔm nso a, ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsu a, ɔtɔ piti. Duadwumfo yere hama mu, ɔde pɛnsere sensan ho, ɔde adwinnade yɛ, na ɔde kompase sensan ho, na ɔyɛ no ɔbarima sɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɔdan mu. Obi kɔtow kyeneduru, anaa ɔpaw duabo anaa odum, wɔ kwae mu nnua mu ma enyin ma no; ɔtɛw osennuru, na osu ma enyin; na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to abodoo; ebi po ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sen ohoni kotow no. Ɔde gya hyew fa, na ɔfa nso so na odi nam, ɔkyew so nam di mee; ɔto nso, na ose: Wiɛ, me ho ayɛ me hyew, mahu ogya. Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo! Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase; na obiara nnwen ho, na nimdeɛ bi nni hɔ, na nhumu bi nni hɔ na waka sɛ: Mahyew ɔfa ogya mu, na mato ne nsramma so abodoo, na makyew nam madi; na nkae no, memfa menyɛ akyide? Dua sin na menkotow no anaa? Nso na odi: Wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi? Kae eyinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwenee wo, woyɛ m’akoa, Israel. Me werɛ remfi wo. Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo. Ɔsoro, monto anigye dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase ase noho, mommɔ ose, mompaepae ahurusi dwom mu, mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho anuonyam, Israel mu. Sɛnea AWURADE, wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho; nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina. Nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow. Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! Na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase! Saa na AWURADE ka kyerɛ nea wasra no Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansan ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no: Medi w’anim, na mabrɛ mmepɔw no ase; mebubu kɔbere apon mu, na matwitwa dade adaban mu. Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo; na woahu sɛ me, AWURADE, mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no, Israel Nyankopɔn no. M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ. Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mema wo ahoɔden a wuhia, nso wunnim me, na wɔahu afi awiapuei, ne atɔe nso, sɛ obiara nni hɔ gye me. Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio. Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, AWURADE, na meyɛ eyinom nyinaa. Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: Me, AWURADE, na mebɔe. Nea ɔne ne nwemfo ham, fam nkyɛmfɛre mu kyɛmfɛre no nnue! So dɔtebo ka kyerɛ ne nwemfo sɛ: Woyɛ dɛn? Anaa: W’adwuma no nni nsa? Nea ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdɛn na wowoe? Anaa ɔbea sɛ: Ɛdɛn na wokyem woe? No nnue! Sɛ AWURADE, Israel kronkronni ne ne yɛfo no se ni: So mobebisa me nea menyɛ me mma ho; anaasɛ mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa. Me na mama Kores so trenee mu, na mɛteɛteɛ n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekye me kurow, na obegya me tukɔfo kwan a ɔrennye tiade anaa akyɛde bi, asafo AWURADE na ɔka. Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi. Ampa ara, wone Nyankopɔn a woahintaw, Israel Nyankopɔn, ogyefo no. Wɔn nyinaa ani bewu na wɔabɔ ahohora, ahonidwumfo nyinaa bɛbom abɔ ahohora. AWURADE de daa daa nkwagye agye Israel; mo ani renwu na wɔremmɔ mo ahohora bio da biara da. Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio. Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene AWURADE a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ. Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae. Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko. Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio. Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam. Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu. AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho. Bel butuw, Nebo kotow; mmoa ne anantwi soso wɔn ahoni; wɔakyekye nea moso yi asoasoa mmoa a wɔrebrɛ. Wɔbom kotow butuw; wontumi ansoa nnosoa no; na wɔn ankasa nso kɔ atukɔ mu. Yakob fifo muntie me ne Israel fi nkae nyinaa, mo a maturu mo afi yafunu mu na masoa mo afi awotwaa mu no, Na ekosi w’akorayɛ ne wo mmerewayɛ mu mpo, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mɛyɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi. Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ? Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no. Wɔma no so bɔ no akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na esi hɔ; ɛntwe ne ho mfi n’afa; sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi n’ahohia mu. Monkae eyi, na munnwen ho, mo mmaratofo, momfa nhyɛ mo komam. Monkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afi apuei, ne m’agyina mu barima afi akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ. Muntie me, akomaprimfo a mo ne ogye ntam apan. Mede me gye mabɛn, enni akyiri, na me nkwagye renka akyiri. Mede nkwagye mesi Sion, na mede m’anuonyam mama Israel. Sian, na tena mfutuma mu, Ɔbaabun Babel babea, Tena fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio. Fa awiyammo ne ne ba kɔyam awi, yi wo nkataanim, ma wo gyawurusi so, yiyi w’asrɛ ho, na twa asu no. W’adagyaw bɛda adi, na wɔahu w’ahohora. Metɔ were, na merenkyɛe onipa so. Yɛn dimafo no, asafo AWURADE ne ne din, Israel kronkronni ne no. Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ahenni horow no so awuraa bio. Me bo fuw me man, mihuraa m’agyapade ho, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn, nkwakoraa ne mmerewa so po womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo; na wokae sɛ: Mɛyɛ awuraa akosi daa. Na ɛno nti amma woamfa eyinom anhyɛ wo komam, woankae n’awiei. Na afei tie eyi ɛ, ɔhodomfo a wote hɔ gye w’ani, na wote hɔ dwoodwoo no, wo a wuse wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio, merentena kuna mu, na merenni mmasigyaw. Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, mpofirim da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma ayɛ hu, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den rentumi nyɛ hwee. Na wode wo ho too wo bɔne mu kae sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, ma wokae wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio. Na mmusu bɛto wo a worenhu yi; na abu bebu wo a nkonyaayi rentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛe bɛba wo so, a wo ara wonnim. Sɔre gyina yiye ɛ, fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no, ebia wubetumi de ayɛ biribi, ebia wode beyi hu. Woabrɛ w’agyinatu pii no mu; ma wɔn a wɔhwɛ wim nsɔre nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfo no, nsorommahwɛfo a ɔsram foforo daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no. Hwɛ, wɔayɛ sɛ sare a awo, ogya ahyew wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho. Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama wo; wɔn a wo ne wɔn adi gua fi wo mmofraase no, wɔn nyinaa ayera afi wɔn akwan so; obiara nni hɔ a obegye wo. Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no. Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no. Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ, na efii m’anom, na mama wɔate; mpofirim na meyɛe, na ɛbae. Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere; enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ; ennya mmae no, mema wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe. Woate; na afei hwɛ eyi nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforo afi sesɛɛ, ne nea wɔakora so a wunhui no; afei na wɔabɔ, na emfi tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, minim dedaw. Wontee pɛn, nso wunhui ɛ, efi tete na w’aso mmuei; na minim sɛ nkontompo ara na wutwa, na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu. Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo. Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu. Me nti, me nti ara na meyɛ; efisɛ, wonhura me din ho dɛn? Meremfa m’anuonyam memma obi. Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo, mene no, mene odikanfo, na me ara nso ne okyidifo. Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ. Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie: Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom? Nea AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔde Babel ho, na ne basa ayɛ Kaldeafo ho. Me, me na maka, nso mafrɛ no; mama waba, na ne kwan yɛ no siadekwan. Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom. Sɛ AWURADE se ni: Wo dimafo, Israel kronkronni no: Me AWURADE, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye, Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko; wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim. Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob. Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee. Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, AWURADE na ose. Muntie me, mo mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman! AWURADE afrɛ me afi yafunu mu, ofi me na yam na ɔbɔɔ me din. Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nam, ɔde me siee n’agyan kotoku mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam. Na me de, mekae sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhude, nanso m’atemmu wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so ade wɔ me Nyankopɔn nsam. Na afei AWURADE se, nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden, ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano. Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia. Sɛ AWURADE se ni: Adom bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo, na mɛkora wo so, na mede wo mayɛ ɔman apam sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapade a ayɛ afo no nni so bio. Na ka kyerɛ nneduafo sɛ: Mumfi adi! Ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mumpue! Akwan so na wobedidi, na mpampa predede nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea; ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan. Na meyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn. Hwɛ, eyinom fi akyirikyiri reba, na hwɛ, eyinom fi atifi fam ne atɔe fam, na eyinom nso fi Sinifo asase so. Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurusi! Mmepɔw nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekye ne man werɛ, na wahu ne mmɔborɔfo mmɔbɔ! Na Sion kae sɛ: AWURADE agyaw me, na AWURADE werɛ afi me. So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo. Hwɛ, mede wo makurukyerɛw me nsayam; w’afasu sisi m’anim daa yi. Wo nkurow kyekyefo ho bɛyɛ hare asen wo dwiriwfo, na w’asɛefo befi wo mu akɔ. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, eyinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn. Sɛ mete ase yi, AWURADE na ose, wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛde, na wode wɔn abɔ wo ho so, sɛ ayeforo. Na w’amamfo ne wo nkurow a asɛe ne w’afasusin asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena so no rensen, na wɔn a wɔmene wo no akɔ akyirikyiri. Nso mma a kan no ɛbɔɔ wo no benya aka w’asom sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, twiw kɔ, na minnya tenabea. Na wobɛka wo koma mu sɛ: Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na me de, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonin, wotuu me kɔe, na wosunsum me; na eyinom de, hena na ɔyɛn wɔn? Hwɛ, me de, ɛkaa me nko, na afei ɛhe na eyinom fi? Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebɛma me nsa so makyerɛ amanaman, na masi me frankaa mama aman, na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom, na wo mmabea nso, wɔasoa wɔn akɔnkɔn aba. Na ahene bɛyɛ wo gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo, na wɔataforo wo nan ase mfutuma, na woahu sɛ me, mene AWURADE na wɔn a wɔn ani da me so no ani renwu. So wobegye ɔhoɔdenfo nsam ade a okurae, anaasɛ ɔhene tirimmɔdenfo no nnommum befi ne nsa? Na sɛ AWURADE se ni: Dɔmmarima nnommum po wobegye, nea ne ho yɛ hu nso ade a wafa befi mu, na me ara me ne nea ɔne wo ham no bɛham, na me ara megye wo mma nkwa. Na mɛma w’ahawfo adi wɔn ankasa nam, na wɔn mogya abow wɔn sɛ nsamono, na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me AWURADE, mene wo gyefo, na wo dimafo ne Yakob tumfo no. Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame. Ɛdɛn nti na mebae, na obi nni hɔ, na mefrɛe, na obi annye so? So me nsa yɛ tiaa sɛ mintumi minnye, anaasɛ tumi a mede meyi bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema po yow, mema nsubɔnten danan anwea so, nsu a enni hɔ nti, emu nam porɔporɔw, na osukɔm kunkum wɔn. Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitam meyɛ ne nkataho. AWURADE Nyankopɔn ama me ɔkyerɛkyerɛfo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso, sɛ memfa mintie sɛ asuafo. AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi. Medan m’akyi memaa mmaakafo, ne m’afono nso memaa nwi pempenfo; manyi m’ani mamfi ahohorade ne ntasu ho. Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me so; enti na mayɛ m’anim sɛ twɛrebo, na minim sɛ m’ani renwu. Nea obu me bem no bɛn, hena na ɔne me bedi asi? Ɔmma yennyina nhyiam. Hena na ɔne me anya? Ma ɔmmɛn me. Hwɛ AWURADE Nyankopɔn bɛboa me; hena ne nea obebu me fɔ? Hwɛ, wɔn nyinaa besuw sɛ atade, ntummoa bɛwe wɔn. Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn. Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛw mia nyinaa, monantew mo gya no dɛw ne nnyentia a moasosɔ no mu. Eyi na ebefi me nsam ayɛ mo, ɛyaw mu na mobɛdeda. Muntie me, mo a mudi trenee akyi na mohwehwɛ AWURADE no: Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu ne abopaebea a wotuu mo fii mu no, monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe. Na AWURADE rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfo nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom; wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye, aseda ne dwonto. Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara befi me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann. Me trenee reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn. Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ asase wɔ fam, na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw, na asase asuw sɛ atade, na ɛsofo awuwu sɛ nwansena, na me nkwagye bɛtena hɔ daa, na me trenee rensa da. Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo, na ntummoa bɛwe wɔn sɛ atade, na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu; na me trenee bɛtena hɔ akosi daa, na me nkwagye afa awo ntoatoaso nyinaa mu. Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no? So ɛnyɛ wone nea ɔmaa po yowee no, ebun kɛse mu nsu no; nea ɔde po ase yɛɛ ɔkwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wontwa no? Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsan, na wɔde ahurusi aba Sion, na daa anigye bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan. Me ara mene mo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdasani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura? Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ? Wɔbɛyɛ ntɛm ayi pokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ Amoa mu, na n’aduan remmɔ no. Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkye yɛ hu no, asafo AWURADE ne ne din. Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo. Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu. Wannya obi ankogya no ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu bi ankogya no, na wannya obi anso ne nsa amfi ne mma a ɔyɛn wɔn no nyinaa mu. Ade abien yi na ɛtoo wo, hena na obegyam wo? Ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa: Mɛkyekye wo werɛ dɛn? Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so sɛ ɔforote, afiri mu, na AWURADE abufuhyew, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama. Enti tie eyi ɛ, wo a woapira, wo a woabow, nanso ɛnyɛ nsa. Sɛ wo wura, AWURADE, ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni: Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no, worenkɔ so nnom bio. Na mede bɛhyɛ w’ahawfo no nsa, hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ: Kotow, na yɛmfa wo so; na wode w’akyi too hɔ sɛ fam anaasɛ borɔn maa wɔn a wɔfa so no. Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio. Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tena ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansan wo kɔn mu nkyehama! Na sɛ AWURADE se ni: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Me man sian kɔɔ Misraim kan kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na Asaria nso hyɛɛ wɔn so kwa. Na afei, dɛn na mewɔ meyɛ wɔ ha, AWURADE asɛm ni, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wodi wɔn so no teɛteɛm, AWURADE asɛm ni; na wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae. Ne saa nti me man behu me din, ne saa nti da no ara wobehu sɛ me ara mene nea ɔka sɛ: Mini. Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! Ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene! Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so wɔde ahurusi bom to dwom; efisɛ wɔn ani tua sɛ AWURADE resan aba Sion. Yerusalem amamfo, mommom nto anigye dwom, na AWURADE akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem. AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye. Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no. Na ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi, na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm. Hwɛ, m’akoa bedi yiye, ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ. Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no, esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti, saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase. Hena na wagye yɛn asɛnka no adi, na AWURADE basa no, hena so na ada adi ma wahu? Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee. Ampa, yɛn mmerɛwyɛ no, ɔno na wafa, na yɛn nyarewa nso, wasoa. Na yɛn de, yebuu no sɛ nea wɔahwe no, nea Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amane mu. Na ɔno de, yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; yɛn asomdwoe ho asotwe daa no so, na ne mmaa atape na wɔde asa yɛn yare. Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so. Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano. Wɔde atɛnkyew yii no kɔe; ne beresofo nso, hena na odwen ho na wohwim no fii ateasefo asase so, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no? Na wɔmaa ne damoa fraa abɔnefo ne ɔdefo de mu wɔ ne wu mu, nanso wanni abɔnefosɛm, na nnaadaa nni n’anom. Na ɛsɔɔ AWURADE ani sɛ ɔdwerɛw no bɔɔ no yare. Sɛ onya de ne kra to hɔ yɛ asodi afɔre a, obehu asefo, ne nna bɛware, na nea ɛsɔ AWURADE ani afa ne nsa so ayɛ yiye. Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa. Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no afra mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo. To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onnibie mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ okunu mma, AWURADE na ose. Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo tenabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim. Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum, na w’asefo afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo no so. Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo ti ase, na w’anim renkisa, na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio. Na wo yɛfo ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo dimafo, ne Israel kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn. Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose. Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano. Abufuw mmoroso mu na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi, nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ, wo dimafo AWURADE na ose. Na eyi yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfuw wo na merenteɛteɛ wo bio. Na mmepɔw betwiw akɔ na nkoko atutu, na m’adɔe de, ɛrentwe mfi wo so, na m’asomdwoe apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma wo no na ose. O Mmɔboroni a ahum bɔɔ wo a wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, hwɛ, me ara mede w’abo mɛtoto ntɔnkadubiri mu, na mede hoa abo mato wo nhyɛase, na mede bogya abo mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma abo mayɛ w’aponkɛse, ne wo nkurotia mu nyinaa abo afɛfɛ. Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso. Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo. Hwɛ, wɔpɛ wo atutuw, nso emfi me; nea osua wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase. Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo a ohuw gyabiriw mu, na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe. Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni. Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso. Ɛdɛn na mokari sika gye nea ɛnyɛ aduan, ne mo brɛ so ade gye nea ɛmmee mo? Muntie me ɛ, munni nnepa, na sradeduan nyɛ mo kra dɛ. Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no. Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo. Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn aba, na ɔman a wonnim wo no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn, Israel kronkronni no nti, efisɛ wahyɛ wo anuonyam. Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso. Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm ni; na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene. Na sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ; ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no. Na anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan; mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom prɛko pɛ, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu, na ohuannua befifi akraate ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene. Sɛ AWURADE se ni: Munni atemmu so, na monyɛ adetrenee, na me nkwagye reyɛ aba, na wɔrebeyi me trenee adi. Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ eyi, ne onipa ba a okura mu no, nea odi homeda a ongu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no. Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma ɔnnka sɛ: Otu na AWURADE betu me afi ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me de, meyɛ duwui. Na sɛ AWURADE ka ni: Ayitotofo a wodi me homeda na wɔpaw ade a ɛsɔ m’ani na wokura m’apam mu no, mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma mo. Na ananafo a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no na wɔadɔ AWURADE din na wɔbɛyɛ no nkoa no, obiara a odi homeda a ongu ho fi ne wɔn a wokura n’apam mu no, mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa. AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel mpanyimfo ano no asɛm ni: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho. Wuram mmoadoma a moyɛ keka nyinaa, mmoadoma a moyɛ keka wɔ kwae mu nyinaa mommra mmedidi hamham. N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko. Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara. Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsa aba, na yɛawe mpahyewa, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii. Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nte ase, na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim. Ɔkɔ asomdwoe mu; wɔhome wɔn nnae so, wɔn a wɔanantew wɔn teeyɛ mu no. Na mo de, muntwiw mmra ha, ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo. Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa? Mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, mukunkum mmofra asubon mu, abotan mpaepae ase; asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa? Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre; na wode wo nkae ade no sii ɔpon ne apongua mu fam, na wufii m’akyi koyii wo nnae so foroe, na wobaee mu na wo ne wɔn dii nea wubegye wɔn ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wuhuu wɔn adagyaw mu. Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa ɔhene no, na womaa wo nnuhuam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman. Wo kwantenten no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Ɛho nni mfaso; wunyaa wo nsam akwahosan nti, anyɛ wo yaw. Na hena nti na wo koma tui na wusuroe, na wudii atoro na woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi? Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi. Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa, ohuw bɛfa wɔn akɔ; na nea oguan toa me no benya asase adi, na wanya me bepɔw kronkron atena so. Na wɔbɛka sɛ: Muntu ngu so, muntu ngu so, mommɔ ɔkwan, munyi akwanside biara mfi me man kwan mu. Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa. Na merenham nkosi daa, na me bo renhuru daa, na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim, ne akra a me ara na meyɛe. N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so. Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo. Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn, AWURADE na ose, na mɛsa no yare. Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu. Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose. Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn. Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn. Wɔka sɛ: Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfo nyinaa. Hwɛ, ɔham ne ntɔkwaw na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimmɔden so. Mo nnɛ yi mmuadadi yi remma wɔnte mo nne ɔsoro. So sɛ mmuada a mepɛ, ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni? Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw na ɔsɛw atweaatam ne nso da so a, so eyi na wofrɛ no abuadadi ne da a ɛsɔ AWURADE ani? Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa? Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko? Ɛno na wo hann begyigye sɛ adekyee, na w’akwahosan afefɛw ntɛm; wo trenee bedi w’anim, na AWURADE anuonyam abɔ wo kyidɔm. Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bebua, wobɛteɛm, na ɔbɛka sɛ: Mini. Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu, nsatea teɛ ne ahuhukasa, na wode nea wo kra pɛ ma nea ɔkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔbɔ no mee a, ɛno de wo hann bepue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee. Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ. Na wo mufo bɛkyekye tete akurofo, wobɛma awo ntoatoaso horow nhyɛase agyina, na wɔafrɛ wo ɔpam agow, nea ɔsesɛw akwan sɛ nnipa ntena hɔ. Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a, ɛno na w’ani begye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔmmea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapade no, efisɛ AWURADE ano na aka. Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm, na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie. Na mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo. Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu. Wosow ɔkyereben nkesua, na wɔnwene ananse ntontan; nea odi wɔn nkesua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa. Wɔn ntontan no renyɛ atade, na nnipa remfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho; wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akokobirisɛmdi wɔ wɔn nsam. Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu. Asomdwoe kwan de, wonnim, na atɛntrenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye, obiara a ɔfa so nnim asomdwoe. Enti na atemmu ne yɛn ntam aware, na trenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam. Yɛkeka ɔfasu ho sɛ anifuraefo, na yenyamae sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim ahoɔdenfo mu sɛ awufo. Yɛn nyinaa po so sɛ asisi, na yesisi apini sɛ mmorɔnoma; yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ, ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware. Na yɛn mmaratode dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di yɛn adanse tia yɛn; na yɛn mmaratode da yɛn anim, na yɛn amumɔyɛde nso, yenim. Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi. Na wɔde atemmu asan akyiri kɔ, na trenee akogyina akyirikyiri; na nokware ahwe ase gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma mu. Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛna, na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no. Na AWURADE hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atemmu bi nni hɔ, na ohui sɛ obiara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne trenee wowaw no. Na ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, na nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweredi atade kataa ne ho, na ofuraa ninkuntwe sɛ ntama. Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu. Na wobesuro AWURADE din afi atɔe, ne n’anuonyam afi owia puebea, na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba. Na ɔbɛba sɛ ogyefo ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsan fi mmarato mu no, AWURADE asɛm ni. Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa. Sɔre haran, na wo hann aba, na AWURADE anuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso AWURADE bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba. Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn. Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka AWURADE ayeyi. Wɔbɛboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔremuka, na mɛhyehyɛ m’anuonyam fi no. Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankansa mu yi? Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam. Na ananafo bɛto w’afasu, na wɔn ahene asom wo; na m’abufuw mu na mehwee wo, na m’adɔeyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ. Na wo kurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo, wɔne wɔn ahene a woyuw wɔn. Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, na apopaw ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam. Na wo nhyɛsofo mma de akotowakotow bɛba wo nkyɛn, na w’ahiyifo nyinaa bɛba abebum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE kurow, Israel kronkronni no Sion. Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye. Na wubenum amanaman nufu, na woanum ahene mpokua; na woahu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo dimafo, Yakob tumfo no. Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kafo. Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi. Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa. Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam. Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu. AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo; na mempae AWURADE anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ, menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam. Na wɔbɛkyekye tete akurofo ama kanfo amamfo so agyina, na wɔayɛ nkurow agowagow ne awo ntoatoaso santen no amamfo foforo. Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo. Na mo de, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mubedi amanaman ahonyade, na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho. Mo aniwu no ananmu mubenya mmɔho, na ahohora ananmu mubedi mo kyɛfa ho ahurusi; ɛno nti mubenya mmɔho, mo asase so, daa anigye bɛyɛ mo dea. Na me, AWURADE, medɔ atemmu, mikyi atirimmɔden ne dwowtwa, na metua wɔn ka nokware mu, na me ne wɔn apam daa apam. Na wobehu wɔn asefo, amanaman mu, ne wɔn mma, aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn. AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho. Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim. Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee hann, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn. Na amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔato wo din foforo a AWURADE ano bɛkyerɛ no. Na wobɛyɛ ahokeka abotiri, AWURADE nsa so, ne ɔhene abotiten, wo Nyankopɔn nsam. Wɔrense wo sɛ: Nea wɔagyaw no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: M’anisɔ wɔ no mu, ne w’asase nso sɛ: Ɔbaa warefo, efisɛ AWURADE ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no. Na sɛ aberante ware ababaa no, sɛ wo bɔfo bɛware wo ne no; sɛ ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛw no wo ho. W’afasu so, Yerusalem, na mede awɛmfo maduadua; adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa. Na mommma ɔnnhome nso kosi sɛ ɔbɛsesɛw Yerusalem ma asi hɔ ayɛ ayeyi wɔ asase so. AWURADE aka ne nsa nifa, ne ne tumi basa no ho ntam sɛ: Meremfa w’awi memma w’atamfo nni bio, na ananafo mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no. Na wɔn a wɔboa ano na wobedi na wɔayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔhwɛ bobe aba no boaboa ano no bɛnom, wɔ me kronkronbea abangua so. Monsen, monsen mfa kurow apon no mu, mommɔ ɔman no kwan; muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so abo; munsi so frankaa na aman no nhu. Hwɛ, AWURADE ama wɔate akodu asase awiei noho sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim. Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan, kurow a wɔrennyaw no. Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ne ntade bere kɔɔ a ofi Bosra reba yi? Oyi a wahoman, n’adurade mu, na ɔkyea, ne tumi kɛse mu yi? Ɛyɛ me a mekasa de ahosan akyerɛ otumfo a mikura nkwagye no. Ɛdɛn na w’adurade bere sɛɛ, na wo ntade te sɛ nsa-kyi-amoa mu tiatiafo de yi? Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu, na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu. Na aweredi da bi wɔ me koma mu, na me gye afe no aba. Na mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia; ɛnna m’ankasa basa gyee me, na m’abufuhyew nso soo me mu abia. Na mitiatiaa aman so, m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu, na mihwiee wɔn mogya miguu asase so. Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no. Na ose: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa. Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu. Na wɔn de, wɔtew atua na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw, enti ɔdan wɔn ɔtamfo, na ɔno ara ne wɔn dii dɔm. Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ? Nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no? Nea ɔma wɔfaa ebun mu sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea so na wɔanwatiri no? AWURADE honhom ma wɔhomee sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae. Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho. Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee. O AWURADE, ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo? San bra, wo nkoa nti, w’agyapade mmusuakuw no nti. Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiafo atiatia so. Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da. O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian na mmepɔw wosow w’anim ɛ! Sɛ ogya sɔ mmobaa na ogya huru nsu no na woama w’atamfo ahu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim! Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna so, wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim! Na efi tete bemee wɔntee, ɛnkɔɔ obi asom, aniwa nso nhui Onyankopɔn bi a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko. Wuhyia nea ɔde anigye di asɛntrenee, wɔn a wɔkae wo, w’akwan so no. Hwɛ, wo bo fuwii, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dabidabi yi, na wobegye yɛn nkwa anaa? Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa; na obi nni hɔ a ɔbɔ wo din anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu; na woayi w’ani ahintaw yɛn, na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera. Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa. O AWURADE, mma wo bo nnhuru bebree, na nkae amumɔyɛ nkosi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa. Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo. Yɛn kronkronyɛ ne yɛn anuonyam fi a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no, wɔde gya ahyew, na yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfo. So eyinom nyinaa mu, wobɛtwe wo ho so ara? AWURADE, wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa? Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no. Mebae me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi; ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so, wɔtenatena adamoa mu, deda nkokoam, wodi prakonam, na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu, wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae. Hwɛ, wɔakyerɛw wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na metua so ka, yiw, metua so ka magu wɔn kokom. Mɛka mo amumɔyɛde ne mo agyanom amumɔyɛde mabom matua so ka, AWURADE na ose; sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so na wɔasopa me wɔ nkoko so nti, mesusuw wɔn kan nsɛnnii no so magu wɔn kokom. Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a, wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu no, saa na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa. Na meyi asefo mafi Yakob mu, ne me bepɔw sodifo mafi Yuda mu, na wɔn a mapaw wɔn no bedi so, na me nkoa atena hɔ. Na Saron bɛdan nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwi dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no. Na mo a mugyaw AWURADE na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no, me nso mede mo mɛma afoa, na mo nyinaa moakotow ama okum; efisɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ na mopawee. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ. Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo, na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim. Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma adwene mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daadaa, ade a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw. Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio. Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no. Na wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumahunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma. Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie. Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrempira na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, AWURADE na ose. Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ? Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano. Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide; me nso mɛpaw amane bi mama wɔn, na mede nea wosuro maba wɔn so, efisɛ mefrɛe, na obi annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ no na wɔpawee. Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu. Muntie oo, dede kɛse bi fi kurow no mu! Ɛnne bi fi asɔrefi! AWURADE a otua n’atamfo nsɛnnii so ka no nne! Onnya nkyemee no, na wawo; awoyaw nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima. Hena na wate eyi bi pɛn? Hena na wahu eyi bi da? So wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wogye ɔman bi prɛko pɛ? Efisɛ awo kaa Sion ara pɛ na ɔwoo ne mma. So me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ose. Ɛno me a mema wɔwo no, mesiw ano anaa? Wo Nyankopɔn na ose. Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa; na moanum n’awerɛkyekye nufu amee, na moafew n’anuonyam mmoroso ama mo bo atɔ mo yam. Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, merekoa yiyedi mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyade nso, sɛ asuten a ayiri, na moanom. Nkyɛn mu na wobeturu mo, na wɔagyigye mo anankoroma so. Sɛ obi ne na kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekye mo werɛ, na mo werɛ akyekye Yerusalem ho. Na mubehu, na mo koma ho asɛpɛw no, na mo nnompe ayɛ huronhuron sɛ wura frɔmfrɔm; na wobehu AWURADE nsa ne nkoa ho, ne abufuw a emu yɛ den, n’atamfo so. Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ. Na ogya na AWURADE de bebu atɛn, na ɔde afoa ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE behwirew wɔn mu bɛdɔɔso. Wɔn a wɔtew wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wodi obiakofo a odi mfinimfini akyi ma wodi prakonam ne akyide ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm ni. Na minim wɔn nneyɛe ne wɔn adwene na ɛbɛba sɛ mɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa ano, na wɔaba abehu m’anuonyam. Na mɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafi mu afi no akɔ amanaman nkyɛn: Tarsis, Put ne Lud, takuntunfo no, Tubal ne Yawan, mpoano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka na wonhuu m’anuonyam no, na wɔakɔka m’anuonyam amanaman no mu. Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no. Na meyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfo ne Lewifo, AWURADE na ose. Na sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, AWURADE asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina. Na ɛbɛba sɛ efi ɔsram foforo kosi foforo so, ne efi homeda kosi foforo so, na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ose. Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no, afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwade ama ɔhonam nyinaa. Hilkia ba Yeremia a ofi asɔfo a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase so, no nsɛm ni. Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so, n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu. Na ɛbae Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so nso, de besii Yuda hene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so dubiako awiei, de besii Yerusalem tu a wotuu wɔn kɔe, ɔsram a ɛto so anum mu no so. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Minnya mennwenee wo ɔyafunu mu no na minim wo na wunnya mfii adi mfii awotwaa mu no, na metew wo ho; misii wo odiyifo memaa amanaman. Ɛnna mekae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na minyin ɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Minyin ɛ, na mmom, baabiara a mɛsoma wo no kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no ka. Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo, AWURADE asɛm ni. Na AWURADE teɛɛ ne nsa ma ɛkaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede me nsɛm mahyɛ w’anom. Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo masi amanaman so ne ahenni horow so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woadwiriw, na woasi na woatɛw nso. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu? Na mise: Ɔsonkoran kanyan abaa bi na mihu yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ampa, woahu, na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdɛn na wuhu? Na mise: Ɔsɛn a ehuru na mihu, na epue fi atifi fam. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na adebɔne befi aba asase no sofo nyinaa so. Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahenni mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, na wɔn nyinaa aba de wɔn agua abesisi Yerusalem apon akɛse ano ne n’afasu nyinaa ho ahyia ne Yuda nkurow nyinaa ho, na mabu wɔn, wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagyaw me, na wɔhyew aduhuam ma anyame foforo, na wɔkotow sɔre wɔn nsa ano adwuma. Enti wo de, bɔ abɔso, na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔn anim. Na me de, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kurow a ɛyɛ den ne dade dum ne kɔbere afasu matia asase no nyinaa, Yuda ahene, wɔn asafohene, wɔn asɔfo ne asase no so nkurɔfo. Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, na megye wo, AWURADE asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so, Israel yɛ kronkron ma AWURADE, ɛyɛ ne nnɔbae mu aduankan; wɔn a wodii nyinaa dii fɔ; adebɔne baa wɔn so, AWURADE asɛm ni. Muntie AWURADE asɛm, Yakob fi ne Israel fi mmusua nyinaa. Sɛ AWURADE se ni: Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi? Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he? Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no, na ɔma yɛfaa sare so, na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so, keseeyɛ ne sum kabii asase so, asase a obi mfa so na onipa bi nte hɔ so no! Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide. Asɔfo no anka sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfo no anhu me, na ahwɛfo no afom me, na adiyifo no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wodii nneɛma a ɛho nni mfaso akyi. Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm ni, na me ne mo mma mma bɛham. Na muntwam nkɔ Kitifo mpoano nkɔhwɛ, anaa monsoma nkɔ Kedar nkopeepee mu yiye, na monhwɛ sɛ ade a ɛte sɛ eyi aba pɛn anaa? So ɔman bi asakra wɔn anyame? Nso wɔn mpo de, wɔnyɛ anyame. Na me man de n’anuonyam asesa nea ɛho nni mfaso. Momma eyi nyɛ mo nwonwa, ɔsoro, ahodwiriw ne nketenkete nkita mo, AWURADE asɛm ni. Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu. So Israel yɛ akoa? Israel yɛ ofienipa? Ɛdɛn nti na wadan afow ade yi? Gyataforo bobom na wɔpo so wɔ no so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu. Memfis ne Tahpanhes mma nso asɛe w’ahenkyɛw. So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so? Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi? Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni. Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman. Na me de, matɛw wo bobe pa ma wufi nea eye nko ara mu, na ɛyɛɛ dɛn na woadan me amannɔne bobe nhama yi? Ɛwom sɛ wode gyakisi guare, na wofa samina ma ɛdɔɔso de, w’amumɔyɛ yɛ m’anim nkekae ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi ɛ, Baalim akyi nso minnii ɛ? Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ. Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan, ha mu afurum a sare so akokwaw no a ne kra akɔnnɔ mu osɔw mframa no, hena na obesianka ne yem? Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ, ne sram mu na wohu no. Hwɛ wo nan yiye, na ɛho anna hɔ, ne wo menewa nso, na osukɔm anne wo. Na wo de, wokae sɛ: Ɔkwa! Dabi! Na mepɛ ananafo, na wɔn akyi na medi. Sɛ wɔkyere owifo a, n’ani wu no, saa na Israel fi ani awu, wɔn, wɔn ahene, wɔn asafohene ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo! Ne ɔbo nso sɛ: Wo na wowoo me! No; efisɛ wɔadannan wɔn akyi akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu bere mu de, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn. Na ɛhe na w’anyame a woyɛ fae no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo w’amanehunu bere mu anaa? Na sɛ wo nkurow dodow te no, saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda! Ɛdɛn nti na mo ne me ham ara? Mo nyinaa moafomfom me, AWURADE asɛm ni. Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade. Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio? So ababaa werɛ befi n’ahyehyɛde, ayeforo werɛ befi n’abɔso? Nanso me man de, wɔn werɛ afi me, nna a wontumi nkan. Hwɛ sɛnea wusiesie wo kwan de pɛ adɔfo! Ɛno nti nso mmea bɔne mpo woakyerɛ wɔn w’akwan. Nso w’atade mmuano na wohu ahiafo a wodi bem no mogya; nso woanhu sɛ wobubu adan kɔ mu. Nanso eyinom nyinaa akyi no, woka sɛ: Midi bem. Ampa, n’abufuw adan afi me so. Hwɛ, me ne wo bedi, nea woka sɛ: Menyɛɛ bɔne ɛ, no nti. Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no. Ɛhɔ nso na wubefi aba a wode wo nsa agu wo ti, efisɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn so no, na worenni yiye wɔn nkyɛn. Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni. Ma w’ani so kyerɛ nkoko pataa no so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi ɛ? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ sare so Arabiani, na wode w’aguamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi. Enti asusow ano asiw, na adonsu ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbea aguaman de ara, na wunnim aniwu. So afei de womfrɛɛ me sɛ: M’agya, me mmabunbere mu adamfo ne wo! So ɔde bɛhyɛ ne yam akosi daa a? So ɔbɛfa abufuw akosi ase? Hwɛ, woka no saa de, nanso woyɛ nnebɔne a wubetumi nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me ɔhene Yosia bere so sɛ: Woahu nea ɔkobɔfo Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so ne dua biara a esi frɔmm ase akɔbɔ aguaman wɔ hɔ. Na mise: Ɔyɛ eyinom nyinaa wie a, ɔbɛsan aba me nkyɛn, nanso wansan: Na ne nuabea sansani Yuda hui; ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman. Na aguamammɔ a wammu no hwee nti, oguu asase no ho fi, na ɔne ɔbo ne dua sɛee aware. Na eyi nyinaa mu mpo ne nuabea sansani Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm ni. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda. Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! AWURADE asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfo ne me, AWURADE asɛm ni. Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa. Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni. Mma akyirisanfo, monsan mmra, AWURADE asɛm ni, na mene mo wura; na mɛfa mo, kurow biara mu, obiako, ne abusua biara mu, baanu, na mede mo maba Sion. Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo. Na mo dɔɔso na mo ase fɛe asase no so a, saa bere no, AWURADE asɛm ni, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma koma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio. Ɛbere no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahengua, na amanaman nyinaa abehyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔrenni wɔn koma bɔne denyɛ akyi bio. Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so. Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio. Ampa, sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no, sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm ni. Wɔte nne bi nkoko pataa so, Israel mma su ne nkotɔsrɛ, sɛ wɔakɔntɔn wɔn kwan, wɔn werɛ afi AWURADE, wɔn Nyankopɔn no. Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn. Ampa ara, nkoko ne mmepɔw so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE, yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagye wɔ. Na aniwude no adi nea yɛn agyanom brɛɛ ho no fi yɛn mmofraase: Wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea. Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn. Israel, sɛ wosan w’akyi a, AWURADE asɛm ni, me nkyɛn na san bra. Na sɛ wuyi w’akyide fi m’anim a, worenhinhim, na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho. Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafo ne Yerusalem ni: Monnɔw adɔw foforo mfa, na munngu nguare wɔ mu. Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti. Monka wɔ Yuda, momma wɔnte Yerusalem, mommɔ din nka sɛ, monhyɛn torobɛnto asase no so, monteɛm mma ɛnyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ho ano mma yɛnkɔ nkurow a ɛyɛ den no mu. Munsi frankaa nkyerɛ Sion fam, mommɔ mo ho aguaa, munnnyina hɔ. Na adebɔne na merema afi atifi fam aba, ne ɔsɛe kɛse. Gyata bi afi ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefo atu afi ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkurow abobɔ a obi nte mu bio. Eyi nti mumfura atweaatam, mommɔ abubuw na muntwa adwo dennen, efisɛ AWURADE abufuhyew no nnan mfii yɛn ho ɛ! Na ɛbɛba da no, AWURADE asɛm ni, sɛ ɔhene ne asafohene koma betutu, na asɔfo no ho adwiriw wɔn, na adiyifo ani so ayɛ wɔn yaa. Na mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem huammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoe bɛba ama mo, nanso afoa da menewam. Ɛbere no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyew befi sare so mpampa so afa me man babea kwan so aba, ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so, mframa a emu yɛ den sen saa fi hɔnom ara bɛba ama me. Afei na me nso mɛka atemmusɛm agu wɔn so. Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe. Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi? Na obi nne teɛm fi Dan, na ɔma wɔte mmusu nka fi Efraim bepɔw so. Mommɔ din nkyerɛ amanaman, hwɛ, momma wɔnte nka Yerusalem. Atɛwfo fi akyirikyiri asase so reba, na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkurow so. Wɔasɔre ahyɛ no atwa ne ho ahyia sɛ mfuw awɛmfo, efisɛ watew me so atua, AWURADE asɛm ni. W’akwan ne wo nsɛnnii na ama eyinom aba wo so, eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene; edu wo koma ho pɛɛ. Me yam hyehye me! Me yam hyehye me! Mete me koma mu yaw! Me koma pere me patripatri, mintumi mimmua m’ano, efisɛ mete torobɛntohyɛn, ɔko ne osebɔ ho nsɛkyerɛnne. Wɔteɛm sɛ amanehunu bɔ amanehunu so, asase no nyinaa asɛe. Mpofirim na me ntamadan asɛe, me mmɔhɔɔ asɛe afrɛso. Enkosi da bɛn na minhu frankaa na mente torobɛntohyɛn? Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim. Mehwɛɛ asase, na hwɛ, ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ. Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ, ɛrewosow, na nkoko nyinaa rehinhim. Mehwɛe, na hwɛ, onipa bi nni hɔ, na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ. Mehwɛe, na hwɛ, mfuw adannan anwea pradada, na ɛso nkurow nyinaa abubu, AWURADE anim n’abufuw a emu yɛ hyew no anim. Na sɛ AWURADE se ni: Asase no nyinaa bɛdan amamfo nso owie de, merenwie no sɛe. Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so, efisɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensan mimfi ho. Apɔnkɔfo ne bɛmmatofo kitikitiyɛ nti kurow no nyinaa guan. Wɔhyɛnhyɛn adɔtɔ mu na wɔfoforo abotan. Nkurow nyinaa adeda mpan, na obi nte mu bio. Na wo nso, wo a wɔasɛe wo yi, woreyɛ no dɛn ni na wufura ɔtankɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛde hyehyɛ wo ho, na wode adubiri keka w’aniwa yi? Ɔkwa ara kwa na wokeka wo ho fɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔpɛ wo akum wo. Na mete nne a ɛte sɛ ɔbea a ɔko awo de, ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrebɔn awo de: Sion babea nne, osi apini, ɔtrɛw ne nsam sɛ: Minnue! Na me kra atɔ awudifo nsam beraw. Muntutu mmirika nkyin Yerusalem mmorɔn so, na monhwɛ ɛ, na munhu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so, sɛ mubehu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a odi asɛntrenee na ɔhwehwɛ nokware, na memfa nkyɛ no. Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi de, nanso ntanhunu na wɔkeka. O AWURADE, so w’aniwa nsa nokware? Wobobɔ wɔn, na ɛnte wɔn; wodwɛre wɔn, wɔpo nteɛso; wɔahyɛ wɔn ani den sen ɔbotan, wɔmpɛ sɛ wonu wɔn ho. Ɛnna mise: Eyinom yɛ mmɔborɔfo, nkwaseafo ne wɔn, efisɛ wonnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara. Ma menkɔ nnipa akɛse no nkyɛn na menkasa nkyerɛ wɔn, efisɛ wɔn na wonim AWURADE akwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no atetew nkyehama no. Ne saa nti kwae mu gyata bekum wɔn, anwea pradada so habɔdɔm bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkurow ho. Obiara a obefi adi no, wɔbɛtetew no asinasin; efisɛ wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so. Eyi de, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ wɔn? Wo mma agyaw me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ho ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe aware ara, na wɔbɔ yuu kɔ aguaman fi. Wɔte sɛ apɔnkɔnini abran a wɔbɔ anworaman, wɔbobɔ wɔn mfɛfo yerenom ho mmɔn. So merentua eyinom so ka? AWURADE asɛm ni, anaasɛ merenni were ɔman a ɛte sɛɛ so anaa? Momforo n’afasu na monsɛe no, nanso monnsɛe no nnwie. Mompempan n’abaa, na wɔnyɛ AWURADE dea. Efisɛ Israel fi ne Yuda fi atwa me nkontompo, AWURADE asɛm ni. Wɔapa AWURADE akyi, na wɔka sɛ: Ɛnyɛ ɔno nen; na bɔne bi remma yɛn so, na yɛrenhu afoa ne ɔkɔm. Na adiyifo no nyɛ hwee sɛ mframa na asɛm bi nni wɔn anom; sɛnea ɛbɛyɛ wɔn ne no. Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn. Hwɛ, mede ɔman bi mifi akyirikyiri mereba mo so, Israel fi, AWURADE asɛm ni; ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wofi teteete, ɔman a wunnim wɔn kasa, na wonte nea wɔka no ase. Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi, na wobedi wo nguan ne w’anantwi, wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afoa abobɔ wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no. Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm ni, merensɛe mo minwie. Na sɛ moka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa ade yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛnea moagyaw me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase so no, saa ara nso na mobɛsom ahɔho, asase bi a ɛnyɛ mo de so. Monka eyi Yakob fi, na momma wɔnte Yuda sɛ: Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm. So munsuro me? AWURADE asɛm ni; anaasɛ mo bo ntu m’anim? Me a mede anwea mitwa po ano hye, daa ɔhye a entumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra. Na ɔman yi wɔ atuatew ne asoɔden koma; wɔtew atua, na wɔkɔ so ara; na wɔnka wɔn koma mu sɛ: Momma yensuro AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma asusow ne adonsu tɔ ne bere mu, ɔhwɛ twabere adapɛn a wahyɛ no so ma yɛn. Mo amumɔyɛ na ama eyinom adan, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo. Efisɛ wohu abɔnefo me man mu; wɔtetɛw sɛ nea nnomaayifo butubutuw; wosunsum mfiri yiyi nnipa. Sɛ nnomaa hyɛ kyerɛnkyɛ ma no, sɛ nsisi ayeyɛ wɔn afi mu amaama ne no; enti wɔayɛ akɛse na wɔanya wɔn ho. Wɔadodɔ srade, wɔn ho ayɛ srasra; nso wodi nsɛmmɔne tra so; wommu atɛntrenee, wonni nyisaa asɛm, na ama wɔadi yiye; na ahiafo nso, wommu atɛn mma wɔn. So meremmetua eyinom so ka? AWURADE asɛm ni; anaasɛ me kra rentɔ ɔman a ɛte sɛɛ yi so were? Ahobowde ne ahodwiriwde na wɔayɛ no asase no so. Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn? O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam. Ɔhoɔfɛfo a ɔkokɔ ne ho no, Sion babea no, metwa no akyene. Mmoahwɛfo ne wɔn mmoakuw bɛba no so; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa. Monnoa no so ɔsa; monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yennue! Na ade resa, na anwummere sunsuma mu atwe. Monsɔre mma yɛnkɔtoa no anadwo, na yɛnkɔsɛe n’ahemfi no. Na sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn se ni: Montotow Yerusalem nnua ngu, na monhɔre ho mpempe, ɛyɛ kurow a ɛsɛ asotwe, amimdi nko ara na ɛwɔ mu. Sɛ asubura mu nsu tue no, sɛ ne bɔne nso tue ne no; wɔte atirimmɔden ne nhyɛso nka wɔ mu, ɔyare ne akuru wɔ m’anim daa yi. Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so. Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobedi Israel nkae ho mpɛpɛwa sɛ obobe ho. Himahima wo nsa kɔ nkyerɛnkyɛ mu sɛ obobe abatewfo. Hena na menkasa menkyerɛ no, na minni adanse, na watie? Hwɛ, wɔn aso asisiw, na wontumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adan wɔn ahohorade, ɛnyɛ wɔn dɛ. Enti AWURADE abufuhyew ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔn so mmotafowa ne mmerante asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akwakoraa ne nea wadi nna amee. Na wɔn afi bɛyɛ afoforo de, nsaase ne ɔyerenom nyinaa, na mɛteɛ me nsa maka asase no sofo no, AWURADE asɛm ni. Na efi wɔn mu akumaa so kosi wɔn mu ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, na efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa yɛ nkontompofo. Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ. So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam; ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu. Ɛbere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose. Sɛ AWURADE se ni: Munkogyina akwan so na monhwɛ, na mummisa tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na munnya ɔhome mma mo kra. Nanso wose: Yɛremfa so. Na masisi mo so awɛmfo sɛ: Monyɛ aso mma torobɛntohyɛn no. Nanso wose: Yɛrenyɛ aso. Ɛno nti, amanaman, muntie, na mo asafo, munhu nea ɛrebɛyɛ wɔn. Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa. Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba ne ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani, na mo kum afɔre nyɛ me dɛ. Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede hintidua mereto ɔman yi anim, na wɔahintihintiw so, agyanom ne mma nyinaa, na ofipamfo ne ɔyɔnko ayera. Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam asase so reba, na ɔman kɛse bi ahwanyan ne ho fi asase anoano tɔnn, wokurakura ta ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wonni timmɔbɔ; wɔn nne te sɛ po huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofofo, sɛ wɔne wo, Sion babea, rebɛko. Yɛate wɔn nka, yɛn nsam agow, yɛn ho yeraw yɛn, awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofo de. Mfi adi nkɔ wuram, na nnantew ɔkwan so; na ɔtamfo kura afoa, ehu atwa wo ho ahyia. Me man babea, fura atweaatam na yantam nso mu; twa agyaadwo a ɛte sɛ ɔbakoro ho de, bɔ abubuw a ɛyɛ yaw, efisɛ mpofirim na ɔsɛefo bɛba yɛn so. Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa bo so twahwɛfo, sɛ hu na sɔ wɔn akwan hwɛ. Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfo atuatewfo, wɔnenam di nseku, wɔyɛ kɔbere ne dade ara nko; wɔn nyinaa yɛ nkontompofo. Afa rehuw, ogya rehyew sumpii; wɔnannan no kwa, efisɛ wonyii abɔnefo mfii wɔn mu. Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, efisɛ AWURADE apo wɔn. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn se: Kogyina AWURADE fi ponkɛse mu, na kɔpae asɛm yi mu ka wɔ hɔ sɛ: Muntie AWURADE asɛm, mo Yudafo a mofa aponkɛse yi mu bɛsɔre AWURADE nyinaa. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye, na mama moatena ha yi. Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni! Na sɛ moma mo akwan ne mo nsɛnnii yɛ yiye ampa, sɛ mubu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntrenee, sɛ monhyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo so, na munhwie mogya a edi bem ngu ha yi, na munni anyame foforo akyi mfa nyɛ mo ho bɔne a, ɛno na mɛma moatena ha yi, asase a mede memaa mo agyanom sɛ emfi daa nkosi daa no so. Hwɛ, mode mo ho to atosɛm a enye mma hwee no so. So mobɛbɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi, ansa na moaba abegyina m’anim ofi yi a wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: Wɔayi yɛn afi mu! Nea ɛbɛyɛ na moakɔ so ayɛ akyide yi nyinaa anaa? So adwowtwafo tu na ofi a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani so anaa? Me nso, hwɛ, mahu, AWURADE asɛm ni. Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a miyii kan sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne no nti mayɛ no. Na afei, esiane sɛ moayɛ eyinom nyinaa, AWURADE asɛm ni, na matua ahema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye so nti, mɛyɛ ofi a wɔde me din ato no a mode mo ho to so no, ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛnea meyɛɛ Silo no ara, na matotow mo mafi m’anim magu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa, migui no. Enti wo de, mpa kyɛw bi mma ɔman yi, nso mma wɔn ho nkɔmmɔdi ne mpaebɔ so, na nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo. So wunhu nea wɔreyɛ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no anaa? Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmea fɔtɔw mmɔre sɛ wɔreyɛ tetare ama ɔsoro hemmaa no na wɔagu anyame foforo ahwiesa, de yi me abufuw. So me na woyi me abufuw? AWURADE asɛm ni, so ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, wobehwie m’abufuw ne m’aboɔhyew agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wura mu nnua ne asase so aba so, na adɛw a ɛrennum. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Momfa mo hyew afɔre nka mo kum afɔre ho, na munni nam. Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Misraim asase so no, manka wɔn ɔhyew afɔre ne okum afɔre ho asɛm, na manhyɛ wɔn ɛho mmara bi; na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Muntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnantew me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yiye. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim. Efi da a mo agyanom fii Misraim asase so de besi nnɛ da yi, masoma me nkoa nyinaa, adiyifo no, aba mo nkyɛn; daa na mitua ahema mesoma wɔn, nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom. Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wontie nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom. Yi wo ti nwi gu, na twa mpampa pataa so agyaadwo, na AWURADE apa nnɛ mma a ne bo afuw wɔn no asum wɔn agu. Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE se ni, wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fi; na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmaa me komam da. Enti sɛ AWURADE se ni, hwɛ, nna bi reba, a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bon bio, na mmom okum bon, na wobesie nnipa Tofet hɔ, siebea a wonnya nti. Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na wɔrennya obi mpam wɔn. Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo. Ɛbere no mu no, AWURADE asɛm ni, wɔbɛsa Yuda ahene nnompe, ne n’asafohene nnompe, ne asɔfo nnompe, ne adiyifo nnompe, ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu, na wɔahata wɔ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn na wodii akyi na wɔpɛɛ akyi kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina asase ani. Na abusua bɔne yi mu nkae a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owu asen nkwa, wɔn a ɛkae mmaa nyinaa a mituu wɔn mekɔe no, asafo AWURADE asɛm ni. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So wɔhwe ase a, wɔnsɔre, anaasɛ wɔdan kɔ a, wɔnsan mma? Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan wɔn ho a wɔnsan da? Wokura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsan ba. Mawɛn m’aso matie, nso nea ɛnteɛ na wɔka; obiara nni hɔ a onu ne ho ne bɔne ho ka sɛ: Dɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm. Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim po nim ne bere, aturukuku ne asomfena ne pokupoku wɛn wɔn ba bere, nanso me man nnim AWURADE ahyɛde. Ɛdɛn na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafo, na AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Mmere a, hwɛ, kyerɛwfo atoro pɛnsere ama adan atoro. Anyansafo ani bewu, wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ? Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo, na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi; na efi akumaa so kosi ɔkɛse so wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo. Na wɔsaa me man babea kuru adwenhare so sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ. So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu; bere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose. Bere a mɛsesaw wɔn makɔ no, AWURADE asɛm ni, wɔrenhu aba bi obobe ho, anaa borɔdɔma aba bi wɔ borɔdɔma nnua so, na ahaban mpo bɛhyew, na nea mede mama wɔn no befi wɔn nsa. Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛn nkurow a ɛyɛ den mu, na yenkowuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owu, na wama yɛn nsu a bɔre wɔ mu anom, efisɛ yɛayɛ AWURADE bɔne. Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nso yiye bi mma, ne ɔyaresa bere nso, na hwɛ, abotutu nko. Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo fi Dan; wɔn apɔnkɔnini su nti asase no nyinaa popo; efisɛ wɔba abedi asase ne ɛso ade nyinaa, nkurow ne wɔn a wɔte mu. Na hwɛ, merema awɔ, nhurutoa a ntafowayi bi ntumi wɔn aba mo mu na wɔabɛkeka mo, AWURADE asɛm ni. O, sɛ minya m’awerɛhow mu awerɛkyekye ɛ! Me koma abotow me mu. Hwɛ, me man babea sufrɛ nne fi akyirikyiri asase so: So AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo? Twabere atwam, aduatew bere asa, na yɛn de, wonnyee yɛn ɛ. Me man babea kuru nti mayɛ siamoo, mayɛ kusuu, ahodwiriw akita me. So aduhuam bi nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafo bi nni hɔ? Na ɛdɛn nti na wonnya nsaa me man babea no yare ɛ? O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo. Sɛ minya akwantemfo asoɛe anwea so ɛ! Anka megyaw me man, na mafi wɔn nkyɛn makɔ! Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, nkɔnkɔnsafo asafo. Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni. Monhwɛ mo ho yiye mo yɔnkonom ho, na obi mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara nua, nsisi ara na osisi, na ɔyɔnko biara yɔnko nam di nseku. Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfo nkontompo, na nokware de, wɔnka. Wɔma atosɛm ka kokwaw wɔn tɛkrɛma so, wodi abɔnefosɛm hyɛ wɔn ho brɛ. Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni. Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, mɛnan wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babea no ho? Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ekum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu de, wɔtetɛw no. So meremmɛtwe wɔn aso eyi nti? AWURADE asɛm ni, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ yi so were? Mmepɔw no nti mitue osu ne nkɔmmɔdi, na sare so adidibea no nti meto osu dwom, efisɛ ahyew na obi mfa hɔ, na wɔnte mmoakuw nne bio; wim nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ. Na mɛyɛ Yerusalem afabo akuwakuw, sakraman tenabea, na madan Yuda nkurow amamfo a obi nte hɔ. Hena ne ɔba nyansafo a ɔbɛte eyi ase? Na hena na AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdɛn nti na asase no asɛe, na ahyew sɛ sare, na obi mfa so? Na AWURADE se: Efisɛ wɔagyaw me mmara a mede misii wɔn anim, na wɔantie me, na wɔannantew mu nti a. Na wodii wɔn koma denyɛ akyi ne Baalim akyi, sɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no se ni: Hwɛ, mede awɔnwene mɛma ɔman yi adi, na mede nsu a bɔre wɔ mu ama wɔanom. Na mɛbɔ wɔn mapete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhuu wɔn da mu, na mama afoa adi wɔn akyi akosi sɛ mewie wɔn sɛe. Sɛ asafo AWURADE se ni: Munnwen so na momfrɛ mmea a wonim osu mmra, na monsoma nkohyia mmea anyansafo, na wɔmmra, ma wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho kwadwom, na yɛn aniwa mporoporow nusu, na yɛn anisuatɛtɛw nsen nsu. Na wɔte osu nka fi Sion: Yɛasɛe dɛn ara! Yɛn ani awu pii, efisɛ yɛagyaw asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu. Na mo mmea, muntie AWURADE asɛm, na n’anom asɛm nkɔ mo asom, na monkyerɛ mo mmabea osu na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom. Na owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu ahyɛn yɛn aban afɛfɛ mu, atwitwa mmotafowa afi mmorɔn so, ne mmerante afi mmɔnten so. Kasa: Sɛ AWURADE se ni: Nnipa afunu begugu hɔ sɛ mfuw so nwura dodow, sɛ awitwafo akyi afiafi, na obiara remmoa ano. Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho, na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm ni. Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nna bi reba a mɛba abɛtwe twetiafo a wɔatena ase sɛ momonotofo no nyinaa aso, Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo. Israel fi, muntie asɛm a AWURADE reka akyerɛ mo: Sɛ AWURADE se ni: Munnsua amanaman kwan no, na munnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnne, na amanaman na wosuro ɛnonom. Na aman no anyame yɛ ahuhude: Na ɛyɛ dua a wɔatwa kwae mu, odwumfo nsa ano adwuma a ɔde dade yɛe. Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no; ɔde nnadewa ne asae bobɔ mu, na ampɔn. Wɔte sɛ ntɔrewa afuw mu krakrabotobi, na wontumi nkasa, ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontu anammɔn; munnsuro wɔn, na wontumi nyɛ bɔne bi, na papayɛ nso nni wɔn hɔ. Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, AWURADE; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso so, mmaninyɛ mu. Hena na ɔrensuro wo, amanaman hene, efisɛ wo na ɛfata wo. Na amanaman anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua! Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sika nso fi Ufas, ɛyɛ odwumfo nsa ano adwuma; bibitama ne ntama a ɛberedum na efura wɔn, wɔn nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma. Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew. Saa na monse wɔn ni: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, bɛyera efi asase so, ne ɔsoro ase. Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu. Ɔma ne nne so a, nsu pii ba ɔsoro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea. Nnipa nyinaa yɛ agyimifo a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude no yɛ atoro, na ahome nni wɔn mu. Wɔyɛ adehunu nko, adwumahunu nko; wɔn asotwe bere no mu, wɔbɛyera. Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’apɛgyade a ne poma di so; asafo AWURADE ne ne din. Boaboa w’ahode ano fi asase so, wo a wote kurow a wɔatua ho no mu. Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretow asase no sofo ataabo afei, na mahiahia wɔn ho, na wɔahu. M’amane nti minnue, me pira yɛ me yaw; nanso mise: Me yaw ara ne no, na meso mu. Me ntamadan asɛe, na me ntampehama nyinaa mu atetew; me mma afi me ho kɔ, na wonni hɔ; obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntamadan mu bio, na wasi me mmɔhɔɔ! Na ahwɛfo no adan mmoa, na wommisa AWURADE akyi kwan; ɛno nti wɔanni yiye, na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no nyinaa abɔ apete. Muntie dede bi, tie, ɛreba, na gyegyeegye kɛse fi atifi fam asase so reba, sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkurow no amamfo, ne sakraman tenabea. AWURADE, mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. AWURADE, teɛ me so, nso yɛ no sɛnea ɛfata nko; ɛnyɛ w’abufuw so, na woannwerɛw me. Ma w’abufuhyew ngu amanaman a wonnim wo no so, ne nkurɔfo a wɔmmɔ wo din no so, efisɛ wɔatetew Yakob, wɔatetew no amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni: Muntie apam yi mu nsɛm, na monka nkyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Wɔadome nea ɔnte apam yi mu nsɛm a mehyɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Misraim asase so fii dade fononoo no mu sɛ: Muntie me, na monyɛ nneɛma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn, na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a ɛsen nufusu ne ɛwo mɛma wɔn, sɛ ɛte nnɛ yi. Na migyee so sɛ: Amen, AWURADE! Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae nsɛm yi nyinaa mu ka no Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so sɛ: Muntie apam yi mu nsɛm, na munni so. Efisɛ mehyɛɛ mo agyanom da a miyii wɔn fii Misraim asase so bae, na ɛde besi nnɛ, mitua ahema mehyɛ wɔn daa sɛ: Muntie me! Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn koma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no nsɛm nyinaa maba wɔn so. Na AWURADE ka kyerɛɛ me bio sɛ: Atuatew aba Yuda mmarima ne Yerusalemfo mu, wɔasan kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wotie me nsɛm no amumɔyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn. Israel fi ne Yuda fi ato m’apam a me ne wɔn agyanom pamee no. Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfi mu mereba wɔn so, na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn. Ɛnna Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔrehyew aduhuam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu bere no mu. Na sɛ wo nkurow dodow te no, sɛ w’anyame nso dodow te nen, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa ara na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma Baal. Enti wo de, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, efisɛ wɔn amanehunu bere no mu, wosu frɛ me a, merentie. Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, dɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fi? So mpaeyi ne afɔrebɔ nam beyi wo mmusu no? Sɛ w’amane no ba a, wubedi ahurusi? Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛsow aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛse huuyɛ asɔ ne ho gya, na wɔabubu n’abaa. Na asafo AWURADE a ɔtɛw wo no akyerɛ mmusu a ɛreba wo so, bɔne a Israel fi ne Yuda fi ayeyɛ, sɛ wɔhyew aduhuam ma Baal de huru me bo no nti a. Na AWURADE ma mihui, na mihu nso; ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nsɛnnii. Nanso me de, na mete sɛ oguammaa a odwo a wɔde no rekɔ akumii; na minnim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yentwa mfi ateasefo asase so, na wɔankae ne din bio. Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufo trenee a wosɔ asaabo ne koma hwɛ, ma minhu w’aweredi wɔn so, na wo na mayi m’asɛm adi makyerɛ wo. Enti sɛ AWURADE ka Anatot mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din ho nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho ni, ɛno nti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmerante bɛtotɔ afoa ano, na ɔkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, na nkae bi renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu. AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn? Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinnyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan. Nanso wo, AWURADE, wunim me; wuhu me, na wosɔ me koma hwɛ, sɛ ɛte wo fam! Tutu wɔn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn, na hyira wɔn so sie okum da. Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei. Sɛ wo ne anammɔnmufo po tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so po, wohwe ase a, ɛnne wobɛyɛ dɛn Yordan kwae no mu? Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo, wɔn nso teɛm dennen di w’akyi; sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni. Magyaw me fi, matow m’agyapade magu; mede me kra adɔde mahyɛ n’atamfo nsa. M’agyapade adan me sɛ kwae mu gyata; wama ne nne so ahyɛ me, enti mikyi no. So m’agyapade adan me ɔkɔre a ɔdɛnsow? So akɔre atwa ne ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wuram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wommedidi. Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no sare pradada; wɔasɛe no pasaa, ayɛ dwerɛbee na esu frɛ me; wɔasɛe asase no nyinaa, nso obi nni hɔ a ɔde sie ne koma mu. Asɛefo aba sare so mpampa nyinaa so, na AWURADE afoa retwitwa afi asase ano akosi asase ano; asomdwoe bi nni hɔ mma ɔhonam biara. Woguu awi, na wotwaa nsɔe; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na mo ani bewuwu mo nnɔbae ho, AWURADE abufuhyew no ano. Sɛɛ na AWURADE ka wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede memaa me man Israel sɛ wonni no, hwɛ, meretutu wɔn afi wɔn asase so, na metu Yuda fi mafi wɔn mu. Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako. Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu. Na sɛ wɔantie a, ɛnne metutu saa ɔman no magu, na metutu na maseɛ wɔn, AWURADE asɛm ni. Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso, na fa bɔ w’asen, na mfa mmɔ nsu mu. Ɛnna midii AWURADE asɛm no so kɔtɔɔ abɔso no, na mede mebɔɔ m’asen. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu so, sɛ: Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ w’asen no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔkora ɔbotan tokuru mu. Na misiim mede mekɔkorae Eufrate, sɛnea AWURADE hyɛɛ me no. Na nna pii akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔso a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔkora hɔ no bra. Na misiim mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔso no mifii nea mede mekorae no; na hwɛ, abɔso no asuw, enye mma hwee. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no. Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm, na wɔnam wɔn koma denyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔso a enye mma hwee yi. Na sɛnea abɔso fam onipa asen no, saa ara na mama Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔnyɛ me ɔman ne din ne ayeyi ne anuonyam; nanso wɔantie. Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: So onim na yennim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama? Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma asase yi sofo nyinaa, ne ahene a wɔtete Dawid agua so, ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa abobow tintaan. Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn. Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na ɔkasa. Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintiw mmepɔw kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadan no sunsuma, na wama sum kabii aduru. Na sɛ moantie a, me kra besu kokoam, mo ahantan nti, na m’aniwam afi nusu ara, na nusu aporoporow me, sɛ wɔafa AWURADE nguankuw no nnommum. Se ɔhene ne ɔhemmea no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo anuonyam abotiri no afi mo atifi atɔ. Wɔatoto nifa fam nkurow no mu, na obi nni hɔ a obehiɛ; wɔatu Yuda nyinaa kɔ, wɔatu wɔn kɔ korakora. Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wofi atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuw a wɔde maa wo, w’anuonyam nguan kuw no wɔ? Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛn wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitiriw a, dɛn na wobɛka? So awoko renka wo sɛ ɔbea wofo anaa? Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a, w’amumɔyɛ bebree nti na wɔayi w’atade nhyɛase adi, wɔahyɛ wo nantin yaw. So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo. Enti mɛbɔ wɔn mapete sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa de no kɔ. Eyi ne w’ade a wubenya, wo kyɛfa a masusuw mama wo, AWURADE asɛm ni, efisɛ wo werɛ afi me, na wode wo ho ato atoro so. Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so, na wɔahu w’ahohora no. Mahu w’atantansɛm no W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ a womfɛre ho no, wɔ nwuram ne nkoko so. Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara na wo ho bɛtew bio? AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn osu a antɔ ho ni. Yuda di nkɔmmɔ, na ne nkurow apon agurogurow, wɔde awerɛhow si wɔn ti ase twann, na Yerusalem nteɛm foro kɔ soro. Na wɔn mu atitiriw soma nkumaa no nsusaw; wɔba nsubon ano, wonnya nsu; wɔde wɔn nhina hunu san ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti. Osu a ɛntɔ asase no so nti na fam awo kesee no, akuafo ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti. Na mfuwa so forotebere nso, ɔwo a, ogyaw ne mma, efisɛ wura bi nni hɔ. Na sare so mfurum gyinagyina mpampa so, wɔsom mframa sɛ sakraman, wɔn aniwa ayɛ siamoo, efisɛ ahaban bi nni hɔ. Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne. Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo? Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wayɛ basaa, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnyaw yɛn hɔ. Sɛ AWURADE ka kyerɛ ɔman yi ni: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansiw wɔn anan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na watua wɔn bɔne so ka. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mmɔ mpae nsrɛ papa mma ɔman yi. Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa. Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atoro na adiyifo no de hyɛ me din ho nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi. Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no. Na ɔman a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɔkɔm ne afoa no nti wobegugu Yerusalem mmorɔn so, na obi bi nni hɔ a obesie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi. Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’aniwa poroporow nusu anadwo ne awia, na ennyae, efisɛ wɔde ɔbobɔ kɛse abobɔ me man babea ababaa, wɔapira no ma ayɛ yaw sɛ. Sɛ mifi mekɔ wuram a, hwɛ mihu, afoa ano atɔfo; na sɛ meba kurow mu a, hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni; na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so, nso wonnim nea wɔrekɔ. So ɔtow na woatow Yuda akyene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwini? Ɛdɛn nti na woabɔ yɛn na yenni ɔyaresafo yi? Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso papa bi nni hɔ; yɛhwɛ ayaresa bere kwan nso, na hwɛ, abotutu na ɛwɔ hɔ. O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm, ne yɛn agyanom amumɔyɛ, na yɛayɛ wo bɔne. Wo din nti mpa yɛn; nhura w’anuonyam agua no ho; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no. So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ. Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu. Na nneɛma horow anan na mɛma aba wɔn so, AWURADE asɛm ni: Afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn. Na mɛma wɔaguan wɔn ho, asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no nti a. Na hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem? Na hena na obegyam wo? Na hena na ɔbɛman akobisa nea w’asomdwoe no wɔ? Woapa me, AWURADE asɛm ni, na wo nsanakyiri no kɔ so ara; enti na meteɛɛ me nsa wo so, na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu. Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so, asase no mmobowano; mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man a wɔnsan mfi wɔn akwan so no. Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim; ɔbea a wawo ason agurow, wagyaa mu; ade nnya nsae na ne wia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na meyi wɔn nkae mama afoa, wɔn atamfo anim, AWURADE asɛm ni. Minnue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham yiyi ntɛn. Memfɛm nnyee mfɛntom na obi mfɛm me bi ɛ, nanso wɔn nyinaa dome me. AWURADE se: Ampa ara, megye wo ma ayɛ yiye, ampa ara, mɛma ɔtamfo abɛpa wo kyɛw, bere bɔne ne ahohia bere mu. So dade bi betumi abu dade, dade a efi benkum fam, ne kɔbere? Mɛma wɔafom mo ahode ne mo akorade, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ, mo asase no nyinaa so no nyinaa nti; na mɛma mo ne mo atamfo no asen akɔ asase bi a munnim so, efisɛ ogya bi asɔ m’abufuw mu a ɛbɛdɛw mo so. Wo, AWURADE, wunim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ me were ma me m’atiwfo so; wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ; hu sɛ wo nti na mesoa ahohora. Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, AWURADE, asafo Nyankopɔn. Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma. Ɛdɛn nti na me yaw wɔ hɔ daa yi, na me kuru ayɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa yi? So wobɛyɛ sɛ asu a edi huammɔ a ennyina ama me anaa? Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn. Na mede wo misi hɔ mema ɔman yi sɛ kɔbere fasu dennen, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, na me na midi w’akyi na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm ni. Na meyi wo afi abɔnefo nsam, na magye wo afi atirimmɔdenfo nsam. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Nware yere, na nnya mmabanin ne mmabea ɛha yi. Na sɛ AWURADE ka mmabanin ne mmabea a wɔwo ha yi, ne wɔn nanom a wɔwo wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi so no ho ni: Owuyare bɛbobɔ wɔn ma wɔawuwu, wɔrenyɛ wɔn ayi na wɔrensie wɔn, wɔbɛdannan sumina asase ani, na afoa ne ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ wim nnomaa ne asase so mmoa aduan. Na sɛ AWURADE se ni: Nhyɛn ofi a wosu mu mu, na nkɔ ayi ase na nnyam wɔn, efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so, AWURADE asɛm ni, mayi adɔe ne mmɔborohunu. Na nnipa akɛse ne nkumaa bewuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayi, na obi remmɔ ne ho akam, obi remmɔ tikwaw mma wɔn, na wɔremmubu abodoo mma wɔn, ayi ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufo no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekye kuruwa, obi n’agya ne ne na ho. Nanso nkɔ asanom fi ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so. Na sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛse yi gu yɛn so yi, na dɛn ne yɛn amumɔyɛ anaasɛ dɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no? Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so, na mo de, mudi asɛmmɔne sen mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo koma bɔne denyɛ akyi a muntie me, enti mɛtow mo afi asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim so, na moakɔsom anyame foforo hɔ, awia ne anadwo, efisɛ merenhu mo mmɔbɔ. Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii Misraim asase so bae no te ase yi, na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii atifi fam asase so ne nsaase a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ nyinaa so no te ase yi. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so. Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba, AWURADE asɛm ni, na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba, na wɔakɔtwee wɔn afi mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu. Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ. Na metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanne ne wɔn akyide afunu ahyɛ m’agyapade no ma. O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu. So onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa? Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahu pɛnkoro yi, mɛma wɔahu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahu sɛ me din ne AWURADE. Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua ne adɛnkyemmo hwɛti na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so, bere a wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkoko sorɔnsorɔn so no. Me bepɔw ne ɛho asase, mede w’ahode ne w’akorade nyinaa mɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti. Na wubegyaw w’agyapade a mede memaa wo no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wunnim so so, efisɛ moasɔ m’abufuw mu gya a ɛbɛdɛw daa. Sɛ AWURADE se ni: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so, na ɔde ne ho to ɔhonam yi so sɛ n’ahoɔden, na ne koma atwe afi AWURADE ho! Na ɔbɛyɛ sɛ dua kwatikwati anwea pradada so, na ɔrenhu sɛ papa reba, na ɔbɛtena sare so nkyerekyerewa so ne nkyene asase a obi nte so so. Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so, na AWURADE yɛ n’anidaso! Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw, asukɔn so, na ne ntini tenetene kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow. Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye? Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te. Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so, obebu ne nna mu fa agyaw, na n’awiei mu ɔbɛyɛ ɔkwasea. Anuonyam ahengua a esi sorɔnsorɔn so fi teteete ne yɛn kronkronbea: O, AWURADE, O Israel anidaso, wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu; wɔn a wɔsan fi w’akyi no, asase mu na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti AWURADE no. AWURADE, sa me yare, na me ho asan; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyi. Hwɛ, sɛnea, wɔka kyerɛ me sɛ: Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ? Ma ɛmmra ɛ! Nso me de, meda so yɛ oguanhwɛfo ara menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusu da no kwan, wo ara wunim. Nea efi m’anom no, ɛda w’anim hɔ. Nyɛ me nea oyi me hu, me guankɔbea ne wo, ɛda bɔne mu. Ma m’atiwfo ani nwuwu, na me de, mma m’ani nnwu; wɔn de, ma wɔn koma ntutu, na me de, mma me koma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubu mmɔho bubu wɔn. Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ kogyina ɔmanfo ponkɛse no a Yuda ahene di mu ahyemfiri no mu, ne Yerusalem aponkɛse nyinaa mu, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahene ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfo a mofa apon yi mu ba mu nyinaa. Sɛ AWURADE se ni: Monhwɛ mo kra so yiye, na monnsoa adesoa bi homeda mmfa mmfa Yerusalem apon mu mmma mu, na monnsoa adesoa bi nso mmfi mo afi mu mmfi adi homeda, na monnyɛ adwuma biara. Na munni homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn kyenkyerenn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene nteɛso. Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm ni, sɛ mutie me, na momfa adesoa biara mfa kurow yi apon mu mma mu homeda, na mudi homeda no kronkron nyɛ emu adwuma biara a, ɛnne ahene ne asafohene a wɔbɛtena Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, wɔbɛfa kurow yi apon mu aba mu. Na nnipa bɛtena kurow yi mu daa. Na wobefi Yuda nkurow mu ne nea ɛwowɔ Yerusalem ho ne Benyamin asase so ne mmepɔw ase ne mmepɔw so ne nifa fam aba de ɔhyew afɔre ne okum afɔre ne aduan ayɛyɛde ne aduhuam aba, na wɔde ayeyi afɔre aba AWURADE fi. Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni: Sɔre sian kɔ ɔnwemfo fi, na mɛma woate me nsɛm hɔ. Ɛnna misian mekɔɔ ɔnwemfo fi, na hwɛ, ɔreyɛ n’abo so adwuma. Na ade a ɔreyɛ, sɛ ɔnwemfo nsam dɔte no, sɛee. Na ɔsan de yɛɛ ade foforo, sɛnea ɛteɛ ɔnwemfo no ani so. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: So merentumi nyɛ mo, Israel fi, sɛ ɔnwemfo yi? AWURADE asɛm ni. Hwɛ, sɛ dɔte te ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo, Israel fi, nso mote me nsam. Mpofirim na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ metu na madwerɛw na masɛe no. Na sɛ ɔman no san fi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnne minu me ho adebɔne a misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no ho. Na mpofirim nso na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ mede mesi hɔ na matɛw. Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne ntie me a, ɛnne minu me ho, yiye a mekae sɛ mɛyɛ wɔn no ho. Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ! Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yebedi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn koma bɔne denyɛ no so ade. Enti sɛ AWURADE se ni: Munkobisa amanaman no mu ɛ, hena na wate saa ade yi pɛn? Ahodwiriwde pa ara na Israel ababaa no ayɛ. So Lebanon sukyerɛma pa asase so botantim no? So amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsen no bɛyow? Na me man werɛ afi me, wɔahyew aduhuam ama atetade, na wɔma wohintihintiw wɔn akwan so, teteete atempɔn so, sɛ wɔnnantew akwan a ɛnyɛ akwammɔne so. Sɛ wɔnnan wɔn asase no amamfo ne daa fɛwdi. Obiara a obetwam hɔnom no ho bedwiriw no, na wawosow ne ti. Te sɛ apuei mframa no, mɛbɔ wɔn mapete wɔn atamfo anim, m’akyi mmom, na ɛnyɛ anim, na mede mɛkyerɛ wɔn, wɔ wɔn sɛe da no. Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara. Yɛ aso ma me ɛ, AWURADE, na tie wɔn a wɔne me ham no. So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu? Nso wɔatu amoa ama me kra, Kae sɛnea migyinaa w’anim sɛ mereka papa mama wɔn, na mede asan w’abufuw afi wɔn so. Enti yiyi wɔn mma ma ɔkɔm, na yi wɔn to afoa ano, na wɔn yerenom nni mmasigyaw na wɔnnannan akunafo, na owu nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa mmobɔ wɔn mmerante dɔm ano. Ma wɔnte osu nka mfi wɔn afi mu, sɛ wode asafo bi reba wɔn so mpofirim, efisɛ wɔatu amoa sɛ wɔde reyi me, na wɔasunsum m’anan afiri. Na wo, AWURADE, wunim wɔn agyina a wɔkɔ me ho repɛ me wu no nyinaa. Nkata wɔn amumɔyɛ so, na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim, na wɔnhwehwe w’anim ase; w’abufuw bere mu na wo ne wɔn nni. Sɛ AWURADE kae ni: Kɔ na kɔtɔ ɔnwemfo nkyɛn kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanyimfo ne asɔfo mu mpanyimfo no bi ka wo ho, na fi adi kɔ Hinom ba bon a ɛwɔ anwemfo pon ano no mu, na pae nsɛm a mɛka makyerɛ wo no wɔ hɔ. Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn. Efisɛ ɔman no agyaw me, na wɔadi ananafo asɛm ɛha yi, na wɔahyew aduhuam wɔ ha, ama anyame foforo a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene nhuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifo mogya ahyɛ ɛha yi ma. Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmaa me komam da. Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no: Okum bon. Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afoa ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama wim nnomaa ne wuram mmoa adi. Na mɛyɛ kurow yi amamfo ne fɛwdi, obiara a obetwam wɔ ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no na wabɔ hwirema hweehwee. Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmabea nam, na wobedi wɔn ho wɔn ho nam, ahohia ne ahoguan a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no de beguan wɔn ho no mu. Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo kɔe no anim, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo kuku a wontumi nyɛ no yiye bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi. Na Tofet ara na wobesie wɔn, efisɛ wɔrennya baabi nsie bio. Saa na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafo, AWURADE asɛm ni, na mede kurow yi mɛyɛ sɛ Tofet. Na Yerusalem afi ne Yuda ahene afi no ho begu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehyew atifi aduhuam ama ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforo no. Ɛnna Yeremia fii Tofet, nea AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ bae, na okogyinaa AWURADE fi abangua mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm. Na Imer ba Pashur, ɔsɔfo a ɔyɛ AWURADE fi so titiriw no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no, Pashur boroo odiyifo Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛse a ɛwɔ soro, AWURADE fi mu no mu. Na ade kyee no, Pashur tuu Yeremia fii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pashur a ase ne: Ahosɛpɛw no na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib. Saa din yi ase ne: Ehu wɔ afa nyinaa. Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereyɛ wo ahuyide ama w’ankasa ne w’adɔfo nyinaa: Wɔbɛtotɔ wɔn atamfo afoa ano, na w’aniwa behu; na mede Yuda nyinaa mɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afoa akunkum wɔn. Na meyi kurow yi adedodow ne emu mfaso ne aboɔdenne nyinaa mama, na mede Yuda ahene akorade nyinaa mahyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel. Na wo, Pashur, ne wo fifo nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akowu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfo a wohyɛɛ wɔn nkɔntoro no nyinaa. Woagyigye me, AWURADE, na mapene nnyigye no so; woatintim me so, na woatumi. Madan aserede daa adesae; wɔn nyinaa di me ho fɛw. Na daa merekasa a, ɛma meteɛm, akakabensɛm ne ɔsɛe na ɛma misu mefrɛ, na AWURADE asɛm adan me ahohora ne nsopa daa adesae. Na sɛ mise: Merenkae no anaa meremmɔ ne din menkasa bio a, na ɛyɛ me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi. Na mate nnipa pii nsekudi, ehu wɔ afa nyinaa, wose: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Me nnamfo pa a me ne wɔn nni asɛm mpo hwehwɛ me asehwe na wɔka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyigye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were no so. Na AWURADE gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase, na wɔrentumi. Wɔn ani bewuwu sɛ, efisɛ ansi wɔn yiye, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfi da. Na wo asafo AWURADE, wosɔ ɔtreneeni hwɛ, wohwɛ adwene ne koma mu. Wɔn so na ma minhu w’aweretɔ, na wo na mede m’asɛm madan wo. Monto dwom mma AWURADE, munyi AWURADE ayɛ, na wayi ohiani kra afi nnipa bɔne nsam. Nnome nka da a wɔwoo me wɔ mu no; ɛda a me na woo me no, mma wonnhyira no. Nnome nka onipa a ɔde asɛmpa brɛɛ m’agya sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama wo! Na ɔde maa n’ani gyei pii no. Ma onii no nyɛ sɛ nkurow a AWURADE abutubutuw a onnuu ne ho no; ma ɔnte osu anɔpa ne gyegyeegye awia ketee. Sɛ wankum me ɔyafunu mu, na me na annan me damoa na manka ne yafunum daa nti. Ɛdɛn nti po na mifii ɔyafunum mifii adi, sɛ merebehu mmusu ne ahometew, na me nna ahi aniwu mu! Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a ɔhene Sedekia somaa Malkiya ba Pashur ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa ne nkyɛn sɛ: Bisa AWURADE hɔ ade ma yɛn, efisɛ Babel hene Nebukadnesar ne yɛn rebedi ako, ebia AWURADE ne yɛn bedi sɛ n’anwonwade no nyinaa te no, na wafi yɛn so akɔ. Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini. Na me ara mede nsa a ateɛ ne basa a ɛyɛ den ne abufuw ne abohuru ne anibere kɛse ne mo bɛko, na mabɔ kurow yi mufo, nnipa ne mmoa. Owuyare kɛse ano na wobewuwu. Na ɛno akyi no, AWURADE asɛm ni, meyi Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kurow yi mu a wɔafi owuyare ne afoa ne ɔkɔm mu no mahyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wakunkum wɔn afoa ano, ɔrenkora wɔn so na ɔrenhu mma wɔn na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ. Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim, nea ɔtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi na ɔkɔbɔ Kaldeafo a wobetua mo no so no, obenya nkwa, na ne kra adan no asade. Na mede m’ani makari kurow yi, sɛ bɔne na ɛmmra no so, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm ni, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahyew no. Na ka kyerɛ Yuda hene fi sɛ: Muntie AWURADE asɛm. Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti. Hwɛ, me ne mo a mote obon mu, asasetaw so botan so no anya, AWURADE asɛm ni, mo a moka sɛ: Hena na obesian aba yɛn so anaa hena na ɔbɛba yɛn tenabea no? Na mɛba mabetua mo ka sɛ mo nsɛnnii aba te no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɔ ogya, ne kwae mu, na ahyew nneɛma nyinaa ahyia ho. Sɛ AWURADE se ni: Sian kɔ Yuda hene fi, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ: Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid agua so no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apon yi mu ba mu no. Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi. Na sɛ mudi asɛm yi so ampa a, ɛnne ahene a ɛtete Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa ofi yi apon akɛse mu aba mu, ɔno ne ne nkoa ne ne man. Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnne maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ ofi yi bɛdan ofituw. Na sɛ AWURADE ka Yuda hene fi ho ni: Anka mote sɛ Gilead ma me, ne Lebanon nkoko atifi, nanso mɛdan wo anwea pradada so, ne nkurow a wɔnte mu! Na mereyi asɛefo mahyɛ wo, wɔn akode kurakura wɔn, na wɔatotow wo nkyeneduru a wɔapaw no de agugu ogya mu. Na amanaman pii betwam kurow yi ho, na wɔasise wɔn ho wɔn ho sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ kurow kɛse yi sɛɛ? Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforo asom wɔn. Munnsu owufo na munnnyam no. Osu mmom na munsu nea ɔrekɔ no, na ɔrensan mma bio mmehu n’awo asase. Na sɛ AWURADE ka Salum a ɔyɛ Yuda hene, Yosia ba a odi hene si n’agya Yosia ananmu a ofi ha kɔe no ho ni: Ɔrensan mma ha bio, na nea wɔatu no kɔ no, ɛhɔ na obewu, na ɔrenhu asase yi bio. Nea ɔfa ɔkwan a ɛnteɛ so kyekye ne fi na ɔde nsisi si n’abansoro na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue! Nea ɔka sɛ: Mesi dan a emu da hɔ ayeyɛ mu abansoro adan, a ɛsosoe pii mafa, na otwitwa mu mfɛnsere, na ɔde nkyeneduru sɛm mu, na ɔde adukɔkɔɔ sra mu! W’ani abere kyeneduru ho yi nti, so wubedi hene nen? So w’agya annidi annom ammu atɛntrenee anyɛ adetrenee? Ɛno nti nso na esii no yiye. Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn, enti na esii no yiye. So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm ni. Nanso w’aniwa ne wo koma nni hwee so sɛ wo mfaso so, ne mogya a edi bem so sɛ engu fam, ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ. Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho ni: Wɔrennyam no sɛ: Due, me nuabanin! Ne: Due, onuabea! Wɔrennyam no sɛ: Due, owura! Ne: Due, onuonyamfo! Afurum sie na wɔde besie no, wɔbɛtwe no atow no akyene Yerusalem apon akyi. Foro kɔ Lebanon kosu, na ma wo nne so Basan, na teɛm fi Abarim, efisɛ wɔadwerɛw w’adɔfo nyinaa. Wudii yiye no, mekasa mekyerɛɛ wo, na wuse: Merentie. Saa ne wo kwan fi wo mmabunbere, sɛ wuntie me nne. Mframa bɛyɛn w’ayɛnfo nyinaa, na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu; ɛno ansa na w’ani bewu na w’anim agu ase, wo bɔne nyinaa ho. Wo a wote Lebanon na woayɛ wo berebuw nkyeneduru so no, sɛ ɛyaw ne awoko, sɛ ɔbaa wofo de ba wo so a, anka wobesi apini dɛn? Sɛ mete ase yi, AWURADE asɛm ni, sɛ Yuda hene Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa po a, anka mɛtew no mafi hɔ. Na mede wo mɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wusuro wɔn anim no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne Kaldeafo nsa; na mɛpra wo ne wo na, a ɔwoo wo no makɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mubewuwu, na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsan aba so no, wɔrensan mma hɔ bio. So ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ annwene a abɔ na wommu, anaa ade bi a obiara ani nnye ho? Ɛdɛn nti na wɔtow no ne n’asefo gu asase a wonnim so yi? Asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm! Sɛ AWURADE se ni: Monkyerɛw ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ nea onni mma, ɔbarima a ɔrenni yiye ne nna nyinaa, na n’asefo mu biara a ɔbɛtena Dawid ahengua so na wadi Yuda so bio no renni yiye. Nguanhwɛfo a wɔsɛe me nguankuw bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm ni. Enti sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se wɔ ahwɛfo a wɔhwɛ me man no ho ni: Mo na moabɔ me nguankuw no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, merebetua mo, mo nsɛnnii bɔne no so ka, AWURADE asɛm ni. Na me ara mɛboa me nguan nkae no ano mafi nsaase a mapam wɔn makɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn mɛsan maba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ. Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, AWURADE asɛm ni. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so. Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee. Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israel fii Misraim asase so bae no te ase yi, na mmom: Sɛ AWURADE a okoyii Israel fi asefo, fii atifi fam asase ne nsaase a mepam wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so bae no te ase yi! Na wɔbɛtena wɔn asase so. Adiyifo no ho asɛm ni: Me koma abubu me yam, me nnompe nyinaa saw biribiri; mayɛ sɛ ɔsabofo ne ɔbarima a nsa afa no so, esiane AWURADE ne ne nsɛm kronkron no nti. Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di nkɔmmɔ, sare so adidibea akisa; na wɔn mmirikatu yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ. Na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa som tɔ sin, me fi mpo, mahu wɔn bɔne, AWURADE asɛm ni. Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ sum kabii mu kwan torotoro, wobesunsum wɔn, na wɔahwehwe ɛso ase, efisɛ wɔn asotwe afe no mu, mede bɔne mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni. Na Samaria adiyifo no mu, mahu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee. Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde a ɛyɛ hu, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora. Enti sɛ asafo AWURADE ka adiyifo no ho ni: Hwɛ, merema wɔn bɔnwoma adi na mama wɔn bɔre nsu anom, efisɛ Yerusalem adiyifo mu nkɔnkɔnsasɛm afi kɔ asase no nyinaa so. Sɛ asafo AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhude mu. Wɔn komam adehu na wɔka, emfi AWURADE anom. Wɔka kyerɛ wɔn a wɔpa me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoe bɛba ama mo. Na obiara nantew ne koma denyɛ mu a, wose: Bɔne bi remma mo so. Na hena na wagyina AWURADE agyina no mu, na wahu na wate n’asɛm, anaa hena na wawɛn n’aso atie n’asɛm? Hwɛ, AWURADE ahum, abufuhyew afi adi, na ahum a edi kyinhyia betwa ne ho abesi abɔnefo ti so. AWURADE abufuw no rensan kosi sɛ ebewie na ama ne koma mu adwene agyina; nna a edi akyiri no mu no na mubehu mu pefee. Mansoma adiyifo no, nso wonyaa asɛm kɔkae; mankasa mankyerɛ wɔn, nso wɔhyɛɛ nkɔm. Na sɛ wogyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasan wɔn afi wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛe bɔne no ho. So meyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɛnee mu, AWURADE asɛm ni, na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri anaa? Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni. Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔntoro no keka sɛ: Maso dae, maso dae! No. Enkosi da bɛn na eyi ntena adiyifo a wɔhyɛ nkɔntoro no komam, adiyifo a wɔka wɔn komam nnaadaasɛm, na wodwen sɛnea wɔde wɔn adae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me man werɛ afi me din, sɛnea Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no? Odiyifo a ɔso dae no, ma ɔnka adaeso, na nea m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma ɔnka m’asɛm nokware so. Dɛn na ntɛtɛwa ne awi wɔ yɛ? AWURADE asɛm ni So m’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm ni, na ɛnte sɛ asae a ɛbobɔ ɔbotan anaa? Enti hwɛ, me ne adiyifo no anya, AWURADE asɛm ni, nnipa a wowiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no. Hwɛ, me ne adiyifo no anya, AWURADE asɛm ni, wɔn a wɔde wɔn tɛkrɛma keka sɛ: N’asɛm ni no! Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya, AWURADE asɛm ni; wɔn de, wɔkeka adae no, na wɔde wɔn atosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn ɛ, na menhyɛɛ wɔn ɛ, na wɔn ho renyɛ ɔman yi mfaso biara, AWURADE asɛm ni. Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ: AWURADE atemmusɛm ne dɛn? A, ɛnne kyerɛ wɔn atemmusɛm ko no, na mesum mo magu, AWURADE asɛm ni. Na odiyifo ne ɔsɔfo ne ɔman a wɔka sɛ: AWURADE atemmusɛm no, na mɛba mabɛtwe onii ko no ne ne fi aso. Monkeka nkyerɛ mo mfɛfo, na onua nka nkyerɛ ne nua sɛ: Dɛn na AWURADE buae, na dɛn na AWURADE aka? Na AWURADE atemmusɛm no de, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdan no adesoa, efisɛ moadannan Onyankopɔn teasefo, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani. Ka kyerɛ odiyifo no sɛ: Dɛn na AWURADE de buaa wo, na dɛn na AWURADE aka? Na sɛ moka sɛ: AWURADE atemmusɛm no nti, sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moka asɛm yi sɛ: AWURADE atemmusɛm no, na mesomaa mo nkyɛn sɛ: Monnka sɛ: AWURADE atemmusɛm no, enti, hwɛ, me werɛ befi mo koraa, na matow mo ne kurow a mede memaa mo ne mo agyanom no afi m’anim agu. Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfi da mato mo so. AWURADE ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no. Kɛntɛn biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kɛntɛn biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu yi? Na mise: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no de, eye sɛ, na nea enye no, enye koraa, na oye a enye nti wontumi nni. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mebu Yuda tukɔfo a mema wofii ha yi kɔɔ Kaldeafo asase so no mayɛ wɔn yiye; na mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so, na mede wɔn masan maba asase yi so, na mede wɔn mesisi hɔ, na merennwiriw wɔn, na medua wɔn, na merentutu wɔn. Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn. Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a enye nti wontumi nni no te no, sɛ AWURADE se no ni: Saa ara na meyi Yuda hene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so no ne wɔn a wɔte Misraim asase so no mama, na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ; na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so. Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu a odiyifo Yeremia kae, Yuda man nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfo nyinaa ni: Efi Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛto so dumiɛnsa so de bedu nnɛ da yi, mfirihyia aduonu abiɛsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn na mituaa ahema meka mekyerɛɛ mo, na moantie. Na AWURADE asoma ne nkoa adiyifo nyinaa aba mo nkyɛn, otuaa ahema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie. Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem. Na munnni anyame foforo akyi nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne bi. Na moantie me, AWURADE asɛm ni, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo ma adan mo bɔne. Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Esiane sɛ moantie me nsɛm nti, hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo, na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu; na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔsɔn. Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirihyia aduɔsɔn wie du a, mɛba mabetua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafo asase no amumɔyɛ so ka, na madan no daa amamfo. Na mɛma me nsɛm a meka miguu asase no so no nyinaa aba mu wɔ so, ade a wɔakyerɛw nhoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa so no nyinaa, na amanaman bebree ne ahene akɛse de wɔn bɛyɛ nkoa, na metua wɔn wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka. Na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom, na wɔanom atɔ ntintan abobɔ adam, afoa a meresoma aba wɔn mu no ano. Ɛnna migyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee, Yerusalem ne Yuda nkurow ne emu ahene ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwiriwde, fɛwdi ne nnome sɛ ɛte nnɛ da yi: Misraim hene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa, ne amamfrafo no nyinaa ne Us asase so ahene nyinaa ne Filistifo asase so ahene nyinaa ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkae no, Edom ne Moab ne Amonfo, ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene, Dedan ne Tema ne Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu no nyinaa, ne Arabia ahene nyinaa ne afrafrafo ahene a wɔte anwea pradada so no nyinaa, ne Simri ahene nyinaa ne Elam ahene nyinaa ne Media ahene nyinaa, ne benkum fam ahene nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahenni horow a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Monnom na mommobow, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre, afoa a merema aba mo mu no nti. Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔnom ara na monnom. Na hwɛ, kurow a wɔde me din ato no so na merefi mama bɔne aba yi, na mo de, mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afoa na merefrɛ aba asase sofo nyinaa so, asafo AWURADE asɛm ni. Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa. Hooyɛ no bedu asase ano noho, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano, AWURADE asɛm ni. Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no na AWURADE bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani. Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mumpirepirew, nguankuw mu akunini, na mo kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den; na nguanhwɛfo no rennya ɔkwan nguan, na nguankuw mu akunini nso rennya ɔkwan mfi mu. Wɔte nguanhwɛfo su ne nguankuw no mu akunini abubuwbɔ, efisɛ AWURADE resɛe wɔn yɛmmea, na asomdwoe tenabea no ayɛ komm, AWURADE abufuw hyewhyew no anim. Wagyaw ne dabere sɛ gyataforo, na wɔn asase adan amamfo, esiane n’afoa nnamnam ne n’abufuw hyewhyew no nti. Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase na asɛm yi fii AWURADE nkyɛn bae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Kogyina AWURADE fi abangua mu, na Yuda nkurow a wɔba AWURADE fi asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi asɛm biara mfi mu; ebia wobetie, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛe bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ muntie me, nni me mmara a, mede metoo mo anim no so na muntie me nkoa adiyifo a meresoma wɔn mo nkyɛn a mitua ahema mesoma wɔn na moantie no nsɛm no a, ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa. Na asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fi. Na Yeremia wiee nsɛm a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no nyinaa no, asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bumaa no kae sɛ: Owu na wubewu. Ɛdɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Ofi yi bɛyɛ sɛ Silo, na kurow yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa behyiaa AWURADE fi hyɛɛ Yeremia. Na Yuda mmapɔmma tee nsɛm yi no, wofii ahemfi foro baa AWURADE fi, na wɔbɛtenaa ase, AWURADE ponkɛse foforo no ano. Na asɔfo ne adiyifo no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wommu ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ kurow yi ho nkɔm sɛnea motee no. Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ ofi yi ne kurow yi ho nkɔm menka nsɛm a motee no nyinaa. Na afei momma mo akwan ne mo nneyɛe nyɛ yiye, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkae mo ho no ho. Na me de, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛ eye na ɛteɛ mo ani so. Ohu nko na munhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mobɛsesaw agu mo ne kurow yi ne emutefo so, na nokwarem, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa mingu mo asom. Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo ne adiyifo no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ owu, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn. Na mmarima bi fi asase no so mpanyimfo mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman baguafo no nyinaa sɛ: Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea. So okum na Yuda hene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? So ɛnyɛ AWURADE na osuroo no, na ɔkotɔ srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn so no ho? Na yɛn de, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi? Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ofi Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kurow yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia de no ara. Na ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mmapɔmma no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene hwehwɛ no akum no. Na Uria tee, na osuroe, na oguan kɔɔ Misraim. Na ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho, na wɔkɔɔ Misraim, na wɔfaa Uria fii Misraim de no brɛɛ ɔhene Yehoiakim, na ɔde afoa kum no, na ɔtow ne funu kyenee nkurɔfo mma ada so. Nso Safat ba Ahikam nsa na ɛda Yeremia ho, nea ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔankum no. Yuda hene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase na asɛm yi fii AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn; na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene, na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni: Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so. Na afei mede nsaase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnesar, Babel hene no, nsa, na mede wuram mmoa po mama no sɛ wɔnsom no. Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi. Na ɔman ne ahenni a wɔnsom ɔno Babel hene Nebukadnesar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔndua ase no, afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm ni, akosi sɛ mɛdwerɛw wɔn ne nsam. Enti munntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adae asekyerɛfo ne mo akɔmfo ne mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo, nea ɛbɛyɛ na wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri, na masunsum mo na moayera. Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔndua ase na ɛsom no no, mɛma waka n’asase so, AWURADE asɛm ni, na wɔadɔw so atena so. Na mekasa mekyerɛɛ Yuda hene Sedekia sɛ nsɛm yi nyinaa te sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔndua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa. Ɛdɛn nti na wo ne wo man rebewuwu afoa, ɔkɔm ne owuyare ano, sɛnea AWURADE ka kyerɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no? Na munntie adiyifo a wose mo sɛ: Morensom Babel hene no, efisɛ nkɔntoro na wɔhyɛ mo. Na mensomaa wɔn ɛ, AWURADE asɛm ni, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntoro, sɛnea ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no. Na asɔfo no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛ koraa na wɔde AWURADE fi nneɛma no bɛsan afi Babel aba, no nsɛm, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo. Munntie wɔn; monsom Babel hene na munnya nkwa, ɛdɛn nti na kurow yi nnan akurofo? Na sɛ wɔyɛ adiyifo na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkotɔ nsrɛ asafo AWURADE, na nneɛma a aka AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem no ankɔ Babel. Na sɛɛ na asafo AWURADE ka adum ne ɛpo ne nsugye nnaka ne nneɛma a aka kurow yi mu nkae no ho, nneɛma a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankɔ no, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, nneɛma a ɛkaa AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem ho ni: Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akosi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn masan maba ha. Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase, afe a ɛto so anan no, sram a ɛto so anum so, Asur ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon no ka kyerɛɛ me AWURADE fi, asɔfo ne ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mabubu Babel hene kɔndua no, ɛha mfirihyia abien pɛ, mede AWURADE fi nneɛma a Babel hene Nebukadnesar bɛfa fii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa mɛsan aba ha yi. Na Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda atukɔfo a wɔkɔɔ Babel no nyinaa, mede wɔn mɛsan aba ha yi bio, AWURADE asɛm ni, na mebubu Babel hene kɔndua no. Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania, asɔfo no ne ɔman a wogyinagyina AWURADE fi no nyinaa anim, na odiyifo Yeremia kae sɛ: Saa? AWURADE mma ɛnyɛ sa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fi nneɛma ne atukɔfo nyinaa befi Babel asan aba ɛha yi no mmra mu. Nanso tie asɛm a mereka wo ne ɔman no nyinaa asom yi ɛ: Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm. Odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ odiyifo no asɛm nya ba mu a, ɛno na wohu odiyifo a AWURADE somaa no nokwarem. Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so bubuu mu. Na Hanania kae ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mebubu Babel hene Nebukadnesar kɔndua no afi amanaman nyinaa kɔn so, ɛha mfe abien pɛ! Na Yeremia siim kɔɔ ne kwan. Na odiyifo Hanania bubuu kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Dua kɔndua na woabubu mu, na yɛ dade kɔndua si ananmu. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Dade kɔndua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn so, sɛ wɔnsom Babel hene Nebukadnesar; nso wɔbɛsom no, na mede wuram mmoa po mama no. Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so. Ɛno nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretu wo mafi asase ani: Afe yi na wubewu, efisɛ woaka atuatew ahyɛ AWURADE. Na odiyifo Hanania wui afe no ara mu ɔsram a ɛto so ason mu. Nso odiyifo Yeremia kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ nhoma mu de fi Yerusalem menaa atukɔfo no mu mpanyimfo nkae ne asɔfo ne adiyifo ne nkurɔfo a Babel hene Nebukadnesar tuu wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa, bere a ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafo ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔe no; ɔde menaa Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Babel no; ese: Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛ atukɔfo a mema wotuu wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa: Munsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na munni mu aba. Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmabea, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmabea mmoma okununom aware, na wɔnwowo mmabanin ne mmabea, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua. Na monhwehwɛ kurow a mema wotuu mo kɔɔ hɔ no yiyedi, na mommɔ AWURADE mpae mma no; na ne yiyedi mu na mubedi yiye. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfo no nnsisi mo, na munntie mo adae a mososo no, na atoro mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn ɛ, AWURADE asɛm ni. Na sɛ AWURADE se ni: Mfirihyia aduɔsɔn nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi. Na me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, AWURADE asɛm ni, asomdwoe adwene, na ɛnyɛ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso. Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpae, na matie mo; na mobɛhwehwɛ me ahu me, efisɛ mode mo koma nyinaa bɛhwehwɛ m’akyi kwan. Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm ni. Na mede mo nnommum mɛsan aba, na maboa mo ano afi amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm ni, na mede mo mɛsan aba nea mema wotuu mo fii hɔ kɔe no. Esiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifo so ama yɛn Babel nti, sɛɛ na AWURADE ka ɔhene a ɔte Dawid agua so no ne ɔman a wɔte kurow yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfi ankɔ tukɔ no mu nyinaa ho, sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merema afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu, na mama wɔadan sɛ mmorɔdɔma porɔwee a oye a enye nti wontumi nni. Na mede afoa, ɔkɔm ne owuyare metiw wɔn, na mama wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadan nnome ne ahodwiriwde ne fɛwdi ne ahohorade, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu, efisɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm ni, sɛ mesomaa me nkoa adiyifo baa wɔn nkyɛn, mituaa ahema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm ni. Enti muntie AWURADE asɛm, mo atukɔfo a mama moafi Yerusalem akɔ Babel no nyinaa. Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntoro no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, na wakum wɔn mo anim. Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfo a wɔwɔ Babel no nyinaa anom sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyew wɔn no, esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni. Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo ara wo din mu wode nhoma amena ɔman a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania ne asɔfo no nyinaa sɛ: AWURADE ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada ananmu, sɛ monye ahwɛfo nhwɛ AWURADE fi ntia obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɔdan mu nti, afei, ɛdɛn nti na woantwiw Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim? Efisɛ wasoma aba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ: Munsisi adan ntena mu na monyeyɛ nturo nni mu aba! Na ɔsɔfo Sefania kenkan nhoma yi odiyifo Yeremia asom. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Soma kose atukɔfo no nyinaa sɛ: Sɛɛ na AWURADE ka Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atoro so nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefo aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, obehu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm ni, efisɛ waka atuatew atia AWURADE. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo yi hyɛ nhoma mu fa. Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum mɛsan aba, AWURADE na ose, na mama wɔasan aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabedi so. Na eyinom ne nsɛm a AWURADE kae Israel ne Yuda ho no, na sɛɛ na AWURADE se: Yɛate ahopopo nne, ehu aba, na asomdwoe nni hɔ. Mummisa ɛ, na monhwɛ, so ɔbarima bɛko awo anaa? Ɛdɛn nti na mihu mmarima nyinaa nsa sɛ esisi wɔn asen so, sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu yi? Na anim nyinaa ayɛ fitaa yi? Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa. Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm ni, mebubu ne kɔndua afi wo kɔn so, na matetew wo nkyehama, na ananafo renni no nya bio. Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no. Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu. Na midi w’akyi sɛ megye wo nkwa, AWURADE asɛm ni; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo de, meremma wunwie sa, na mɛtwe w’aso atɛntrenee so, na bem de, meremma wunni. Na sɛ AWURADE se ni: Wo kuru ayɛ akisikuru, wo pira nni asaye. Obi nni hɔ a odi ma wo a ɔbɛtoto ama wo, nnuru ne ntareso nni hɔ mma wo. W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo, wommisa w’akyi kwan. Na ɔtamfo pira na mapira wo, otirimmɔdenfo asotwe na mede matwe wo, w’amumɔyɛ dodow so, sɛ wo bɔne mu yɛ den nti. Adɛn nti na wo kuru no nti wusu sɛ wo yaw nni asaye? W’amumɔyɛ dodow, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo sɛɛ yi. Ɛno nti wɔn a wɔtetew wo nyinaa, wɔbɛtetew wɔn, na wɔn a wohiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wotwa wo dwow no, wobetwa wɔn dwow, na wɔn a wɔfow wo nyinaa, mɛma wɔafow wɔn. Na mɛkyekyere wo kuru, na masa w’apirakuru, AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no, Sion a obi mmisa n’akyi kwan. Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere, na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ. Na aseda ne agofo nne befi mu; na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua, na mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔrenyɛ ketewaa. Na ne mma bɛyɛ sɛ kan no, na n’asafo no agyina m’anim pintinn, na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔhaw no nyinaa aso. Na wɔn hene befi wɔn ara mu, na wɔn sodifo nso befi wɔn mu, na mɛma watwiw abɛn me, na hena ne nea obesi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm ni. Na wobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wo Onyankopɔn. Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyew retu, ahum a edi kyinhyia besi abɔnefo atifi. AWURADE abufuw hyewhyew rensan, gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii ama atim ansa; nna a edi akyiri no mu na mobɛte eyi ase. Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Sɛ AWURADE se ni: Ɔman a wɔafi mu afi afoa ano no anya ɔdom sare so; mmere a Israel hwehwɛɛ ɔhome no. AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ me fii teteete sɛ: Mede daa dɔ na adɔ wo, na ne saa nti, me nokwaredi ne wo wɔ hɔ. Mesi wo bio, na woasi hɔ, Israel baabun, wobɛhyehyɛ wo mpintin bio, na woafi adi, na wo ne anigyefo asaw. Wobɛtɛw bobe nturo Samaria mmepɔw so bio; atɛwfo bɛtɛw, na wobedi so aba nso. Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfo bɛteɛm Efraim bepɔw so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn. Na sɛ AWURADE se ni: Monto Yakob ho ahurusi dwom, mommɔ ose mma amanaman ti no. Momma wɔnte, munyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkae no nkwa. Hwɛ, mede wɔn mifi atifi fam asase so reba, na makɔboa wɔn ano afi asase anoano tɔnn; na anifuraefo ne mpakye, apemfo ne mmaatan nyinaa ka ho bi; asafo yuu na wɔbɛsan aba ha. Wɔde osu na ɛbɛba, na mɛkyekye wɔn werɛ de wɔn aba, na megya wɔn de wɔn akɔ asuten ho, ɔkwan tee a wɔrenhintiw wɔ so; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan. Muntie AWURADE asɛm, amanaman, na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw. Na AWURADE agye Yakob, na wagye no afi nea ɔyɛ den sen no nsam. Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom, Sion sorɔnsorɔmmea ho, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduan ne nsa ne ngo ne nguammaa ne anantwi ho, na wɔn kra ayɛ sɛ turo a anya nsu pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio. Ɛno na mmabaa ani begye asaw mu, na mmerante ne nkwakoraa abom anya anigye; na mɛdan wɔn nkɔmmɔdi ahosan, na makyekye wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afi wɔn awerɛhow mu. Na mɛma srade amee asɔfo no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm ni. Sɛ AWURADE se ni; Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne osu yawyaw. Rahel resu ne mma, na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye, efisɛ wonni hɔ. Sɛ AWURADE se ni: Mma wo nne so nsu bio, w’aniwa nso, mma ɛnsen nusu, na w’adwuma so akatua wɔ hɔ, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛsan afi ɔtamfo asase no so; na anidaso wɔ hɔ ma w’awiei, AWURADE asɛm ni, na mma bɛsan aba wɔn ahye so. Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu, na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee: Dan me bra, ma mensan mmra, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn. Na me nsanakyiri no akyi no, minuu me ho, na wuhuu me akyi no, mebɔɔ me srɛm; m’ani wui, na mesopae po, efisɛ meso me mmerantebere mu ahohora. So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni. Hyɛ ɔkwan no nsow fa, sisi kwankyerɛ adum fa, fa wo koma si ɔtempɔn so, ɔkwan a wofaa so kɔe, no so. San bra, Israel baabun, san bra wo nkurow yi mu. Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akosi da bɛn, ɔbabea okyirisanfo? Na AWURADE abɔ ade foforo, asase so, ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Minya mede wɔn nnommum mesan meba a, wɔbɛda so aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkurow mu sɛ: AWURADE ahyira wo, trenee tenabea, bepɔw kronkron. Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔne mmoakuw di atutena. Na mɛma ɔkra a atɔ beraw ani so atetew no, na mama akra a atɔ piti nyinaa amee. Eyi so na minyanee, na mehwɛe, na me nna no ate me dɛw mu. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ medua Israel fi ne Yuda fi mama nnipa ase ne mmoa ase afɛe. Na sɛnea m’ani saa wɔn sɛ metutu na mabubu na madwiriw na masɛe na mayɛ bɔne no, saa ara na m’ani beku wɔn ho sɛ mesi na madua, AWURADE asɛm ni. Nna no mu no wɔrenka bio sɛ: Agyanom adi abuntwɛre, na mma se afem Na mmom obiara ankasa amumɔyɛ nti na obewu; onipa biara a ɔtwɛre abun no na ne se bɛfem. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni. Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio. Sɛɛ na AWURADE se: Nea ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma ma ɛharan anadwo na onu po mu ma n’asorɔkye huru ne din de asafo AWURADE. Sɛ ahyɛde horow yi sen fi m’ani so a, AWURADE asɛm ni, ɛno ansa na Israel asefo nso begyae sɛ wɔbɛyɛ ɔman wɔ, m’anim daa nyinaa. Sɛ AWURADE se ni: Sɛ wotumi susuw soro atifi, na wotumi bɔre asase nnyinaso hu wɔ fam a, ɛno ansa na me nso mɛpa Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ no nyinaa nti, AWURADE asɛm ni. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔbɛkyekyere kurow no ama AWURADE afi Hananel abantenten ho akosi twea so ponkɛse so, na susuhama no befi hɔ ara afa ne ntentenso afi adi akodu Gareb koko so, na adan akɔ Goa, na afunu ne nso bon no nyinaa ne nsaasewa nyinaa a ekodu asu Kidron ho kosi apɔnkɔ ponkɛse twea so, apuei no, bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiriw da biara da bio. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so du, a ɛne Nebukadnesar afe a ɛto so dunwɔtwe no so ni. Ɛno mu na Babel hene dɔm reka Yerusalem ahyɛ mu, na odiyifo Yeremia da dua mu, Yuda hene ahemfi awɛmfo abangua mu. Na Yuda hene Sedekia ato no dua mu wɔ hɔ sɛ: Ɛdɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛ: Sɛɛ na AWURADE se: Hwɛ, mede kurow yi mehyɛ Babel hene nsa, na wafa, na Yuda hene Sedekia rennya ɔkwan mfi Kaldeafo nsa, na ɔhyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babel hene nsa, na ɔne no de ano ne ano akasa, na wahu no anim ne anim, na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akosi sɛ mɛba mabɛhwɛ no, AWURADE asɛm ni. Sɛ mo ne Kaldeafo ko a, ɛrensi mo yiye. Na Yeremia kae sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Hwɛ, w’agya ne nua Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot no, na wo na ɛfata sɛ wotɔ de gye. Ɛnna m’agya ne nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfo abangua no mu, sɛ AWURADE asɛm no kae no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase so no, na wo na ade no di ne ne gye wɔ wo. Tɔ fa! Ɛnna mihui sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm. Na metɔɔ afuw no m’agya ne nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ no, dwetɛ nnwetɛbona dunsɔn memaa no. Na mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu, na mesɔw ano, na mefrɛɛ adansefo, na mede nsenia mekarii dwetɛ no. Na mede ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano no, nea wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne nea ano da hɔ no, na mede ɔtɔ nhoma no memaa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya ne nua Hanamel ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nhoma no ase no ne Yudafo a wɔtete awɛmfo abangua mu hɔ no nyinaa anim. Na wɔn anim, mehyɛɛ Baruk sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Fa nhoma yi, ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano yi ne nhoma a ano da hɔ yi, na fa hyɛ kuku bi mu, na ɛnkyɛ nna bebree. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Wɔbɛtotɔ adan ne mfuw ne nturo asase yi so bio. Na mede ɔtɔ nhoma no memaa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna; woyɛ nnipa mpem ahorow adɔe, na wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi kokom, wo Onyankopɔn kɛse ne otumfo a asafo AWURADE ne ne din no. Wo a woso, agyinatu mu na w’adeyɛ dɔɔso; wo a w’aniwa bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛ n’akwan ne ne nsɛnnii aba te no; wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade Misraim asase so de besii nnɛ da yi, wɔ Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛ ɛte nnɛ yi; na wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a ateɛ ne ahude kɛse yii wo man Israel fii Misraim asase so, na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no; na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi. Hwɛ, mpempe no redu kurow no ho sɛ wɔrebegye, na wɔde kurow no bɛhyɛ Kaldeafo a wɔne no reko no nsam, afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nsɛm a wokae no aba mu, na hwɛ, wuhu. Na wo, AWURADE Nyankopɔn ara, woka kyerɛɛ me sɛ: Fa dwetɛ tɔ afuw no, na hyɛ ho adansefo; nso kurow no na wɔde rehyɛ Kaldeafo nsa yi. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; so biribiara bɛyɛ me nwonwa anaa? Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede kurow yi merehyɛ Kaldeafo nsa ne Babel hene Nebukadnesar nsa sɛ ɔmfa, na Kaldeafo a wɔne kurow yi ko no bɛba abɛto kurow yi mu gya, na wɔahyew ɛno ne adan a wɔahyew atifi aduhuam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame afoforo, sɛ wɔde rehuru me bo no. Na Israelfo ne Yudafo de m’anim bɔne yɛ ara nko fi wɔn mmerantebere mu. Na ohuru nko ara na Israelfo de wɔn nsa ano adwuma huru me bo, AWURADE asɛm ni. Na abufuw ne yamgya nko na kurow yi ahyɛ me fi da a wɔkyekyee de bedu nnɛ da yi, sɛ minyi no mfi m’anim, Israelfo ne Yudafo bɔne a wɔyɛe sɛ wɔde rehuru me bo no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahene, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo ne Yuda mmarima ne Yerusalemfo. Na wɔdannan wɔn atiko kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔkyerɛkyerɛ wɔn, wotuaa ahema kyerɛkyerɛ wɔn, nanso wɔantie sɛ wobegye nteɛso. Na wosisii wɔn akyide, ofi a wɔde me din ato no mu de guu ho fi. Na wosisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmabea afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmaa me koma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyide yi mma Yuda nyɛ bɔne. Na afei ne saa nti sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ka kurow yi a muse afoa ne ɔkɔm ne owuyare nti wɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho. Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afi nsaase a m’abufuw ne me yamgya ne anibere kɛse mu misunsum wɔn mekɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asan aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na mɛma wɔn koma koro ne ɔkwan koro, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wobedi wɔn akyi no yiye. Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensan mimfi wɔn akyi sɛ merenyɛ wɔn yiye bio, na mede me suro mɛhyɛ wɔn komam, na wɔamfi me nkyɛn. Na me ho bɛsan me wɔn yiyeyɛ ho, na mede wɔn madua asase yi so nokware mu, me koma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu. Na sɛ AWURADE se ni: Sɛnea mede bɔne kɛse yi nyinaa aba ɔman yi so no, saa ara na mede yiye a mereka wɔn ho no nyinaa mɛba wɔn so. Na wɔbɛtɔ mfuw, asase yi a moka sɛ ayɛ amamfo a onipa ne aboa nni mu bio a wɔde ahyɛ Kaldeafo nsa no so; wɔde sika bɛtotɔ mfuw, na wɔakyerɛw agu nhoma mu asosɔw ano ahyehyɛ ho adansefo, Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu ne mmepɔw so nkurow mu ne mmepɔw ase nkurow mu ne nifa fam nkurow mu, na mede wɔn nnommum mɛsan aba, AWURADE asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa abien, bere a ɔda so da duam awɛmfo abangua mu hɔ no, sɛ: Sɛɛ na AWURADE a ɔyɛ ade yi, AWURADE a osiesie ma esi hɔ no a AWURADE ne ne din no se: Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ. Na sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka kurow yi mu adan ne Yuda ahene adan a mpempe ne afoa nti woburuwii no ho: Wɔreba ne Kaldeafo abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama. Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn. Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no, na mɛtew wɔn ho afi wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no mafiri wɔn. Na [kurow no] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn no nyinaa no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no no ho. Sɛ AWURADE se ni: Ɛha yi a moka sɛ asɛe a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn a ɛdeda mpan a onipa ne okuroni ne aboa biara nni so no so, na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose. Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛha yi a asɛe a onipa ne aboa nni mu no ne ɛso nkurow nyinaa mu na ɛbɛdan nguanhwɛfo a wɔma wɔn nguan butubutuw hɔ no adidibea bio, mmepɔw so nkurow, Sefela nkurow ne Negeb nkurow mu, ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu na nguan bɛfa ɔkanfo nsa ase atwam bio, AWURADE na ose. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma asɛmpa a mekae Israel fi ne Yuda fi ho no abam. Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so. Nna no mu na wobegye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na nea wɔde bɛfrɛ no ni: AWURADE yɛn trenee. Na sɛ AWURADE se ni: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fi agua so remmɔ Dawid da. Na asɔfo, Lewifo no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre na wahyew aduan ayɛyɛde na wabɔ okum afɔre nna nyinaa remmɔ wɔn m’anim. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a, ɛno ansa na wobebubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’agua so adi hene, ne me ne Lewifo, asɔfo a wɔyɛ m’asomfo no, de no nso. Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a AWURADE pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wɔnnyɛ, wɔn ani so ɔman bio. Sɛ AWURADE se ni: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛde no a, ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ. Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa, ne ahenni a ɛwɔ wiase nyinaa, ne nnipa a ɛwɔ ne tumi ase no nyinaa, aba ne Yerusalem ne ne nkurow nyinaa reko no, ni: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ na wo ne Yuda hene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede kurow yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahyew; na wo ara nso woremfi ne nsa mfi, na ɔkyere na wɔbɛkyere wo de wo ahyɛ ne nsa, na wode w’ani behu Babel hene ani, na n’ano ne wo akasa, na woakɔ Babel. Nanso tie AWURADE asɛm, ɔhene Sedekia! Sɛ AWURADE ka wo ho ni: Worenwu afoa ano. Asomdwoe mu na wubewu, na sɛnea wɔhyehyew aduhuam maa w’agyanom, kan ahene a wodii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhyew aduhuam ama wo, na wɔatue wo so su se: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm ni. Ɛnna odiyifo Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia, Yerusalem; nso Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu. Asɛm a edi so yi fi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no na ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadi mma wɔn, sɛ wɔmma obiara nkoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifo mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya. Na mmapɔmma no ne ɔman a wɔkɔɔ apam no mu sɛ wɔn mu biara bɛma n’akoa ne n’afenaa afa wɔn ho adi na obiara anni wɔn nya bio no nyinaa tiei; wotiei na wogyaagyaa wɔn. Na ɛno akyi no wɔsanee, na wɔmaa wɔn nkoa ne wɔn mfenaa a wogyaa wɔn ma wɔfofaa wɔn ho dii no san bae, na wɔhyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nkoa ne mfenaa. Ɛnna AWURADE asɛm fi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom pamee da a miyii wɔn fii Misraim asase so, nkoafi mu no, se: Mfe ason awiei no mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama wo no, na sɛ ɔsom wo mfe asia a, gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase. Na mo de, nnansa yi modanee, na moyɛɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ mo mu biara paee ahofadi kyerɛɛ ne yɔnko na mopamee m’anim, ofi a wɔde me din ato no hɔ. Na moasan akohura me din ho, na mo nyinaa amoma mo nkoa ne mo mfenaa a mugyaa wɔn kwan ma wɔfaa wɔn ho kodii sɛ wɔn kra pɛ no asan aba, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa. Ne saa nti sɛ AWURADE se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, AWURADE asɛm ni: Mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho. Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamee m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpaee mu abien na wɔfaa n’afaafa no ntam no, Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafo ne asɔfo no ne asase no so nkurɔfo a wɔfaa nantwi ba no afaafa no ntam no nyinaa, na mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa. Na Yuda hene Sedekia ne ne mmapɔmma no, mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa ne Babel hene dɔm a wɔafi mo ho kɔ yi no nsa. Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm ni, na mama wɔasan aba kurow yi ho ne no abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew, na mama Yuda nkurow adan amamfo a obi nte mu. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so ni: Kɔ Rekabfo fi, na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fi mpia no biako mu, na ma wɔn nsa nnom. Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfo fifo nyinaa, na mede wɔn mebaa AWURADE fi mekɔɔ Onyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpon ano hwɛfo Salum ba Maaseia pia atifi no mu, na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkora misisii Rekabfo fi mma no anim, na misee wɔn sɛ: Monnom nsa. Na wose: Yɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da. Na munnsisi adan, na munnnua hwee, na monnyɛ bobeturo bi, na mommfa ebi nso nnyɛ mo de; na ntamadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔho no so. Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, nea ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmabea; na yensisi adan ntena mu, na yenni bobeturo ne afuw ne ade a wodua bi, na yɛtete ntamadan mu; na yetie na yɛyɛ sɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na Babel hene Nebukadnesar tu baa asase yi so no, yɛkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfi Kaldeafo dɔm ne Siriafo dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: So morennye nteɛso sɛ mubetie me nsɛm? AWURADE asɛm ni. Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi abesi nnɛ da yi, efisɛ wotie wɔn agya ahyɛde no. Na me de, makasa makyerɛ mo, mitua ahema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me. Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me. Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛde a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi de, wontie me. Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, mede bɔne a meka mitiaa Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa mereba wɔn so, esiane sɛ makasa makyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti. Na Rekabfo fi no de, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛde, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Onipa a ogyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da. Na ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no, asɛm yi fii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: Fa nhoma mmobɔwee bi kura, na kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa no ho nyinaa, fi da a mekasa mekyerɛɛ wo, fi Yosia bere so de bedu nnɛ da yi no hyɛ mu. Ebia Yuda fi betie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne mafiri wɔn. Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk kyerɛw AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa fii n’anom de hyɛɛ nhoma mmobɔwee no mu. Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me de, wɔato me mu, mintumi menkɔ AWURADE fi. Enti wo de, kɔ na kɔkan AWURADE nsɛm a woakyerɛw afi m’anom no, mmobɔwee no mu, gu ɔman no asom, AWURADE fi, mmuada da no, na kenkan gu Yudafo a wofi wɔn nkurow so ba no nyinaa asom nso. Ebia wɔn nkotɔsrɛ bedu AWURADE anim, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, efisɛ abufuw ne abufuhyew asɛm a AWURADE aka ɔman yi ho no so kokuroo. Na Neria ba Baruk yɛe sɛnea odiyifo Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no, AWURADE fi. Na Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu nyinaa baa Yerusalem no, paee AWURADE anim mmuadadi. Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no guu ɔman no nyinaa asom, AWURADE fi, Safan ba ɔkyerɛwfo Gemaria pia a ɛwɔ atifi abangua mu no mu, AWURADE fi ponkɛse foforo no ano. Na Mikaia ba Safan ba Gemaria tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no nyinaa no, osian kɔɔ ahemfi kɔɔ ɔkyerɛwfo pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na mmapɔmma no nyinaa, ɔkyerɛwfo Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa tetee. Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nhoma no agu ɔman no asom no ɔtee no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔwee a wokenkan guu ɔman no asom no, fa kura wo nsam bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔwee no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Tena ase ɛ, na kenkan gu yɛn asom. Ɛnna Baruk kenkan guu wɔn asom. Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene. Na wobisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wokyerɛw nsɛm yi nyinaa fii n’anom dɛn? Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔde n’ano kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubiri mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu. Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kohintaw, wo ne Yeremia, na obiara anhu nea mowɔ. Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abangua no mu, na wɔde mmobɔwee no siei ɔkyerɛwfo Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene asom. Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔwee no mmra; na ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa asom. Na ɔhene te awɔwbere dan mu, ɔsram a ɛto so akron no mu, na ade mu gya a ɛredɛw taa n’anim. Na Yehudi kenkan nhoma abiɛsa anaa anan no, ɔde ɔkyerɛwfo sekan sunsuanee mu, na ɔde guu ogya a ɛwɔ ade no mu no mu kosii sɛ mmobɔwee no nyinaa hyewee, ogya a ɛwɔ ade no mu no mu. Na wɔn koma antutu, na ɔhene ne ne nkoa nyinaa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntade mu. Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhyew mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. Na ɔhene no hyɛɛ ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra; na AWURADE koraa wɔn so. Na ɔhene hyew mmobɔwee ne nsɛm a Baruk kyerɛw fii Yeremia anom no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: San fa mmobɔwee foforo, na kyerɛw kan nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee no mu a Yuda hene Yehoiakim hyewee no nyinaa hyɛ mu. Na Yuda hene Yehoiakim ho na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Wo de, woahyew mmobɔwee yi aka sɛ: Ɛdɛn nti na wokyerɛw emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na watɔre ɛso nnipa ne mmoa ase? Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim ho ni: Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid agua so, na ne funu nso, wɔbɛtow akyene, na ahohuru afa so awia, na awɔw afa so anadwo. Na ɔno ne n’asefo ne ne nkoa amumɔyɛ no, mɛba mabetua wɔn so ka, na wɔn ne Yerusalemfo ne Yuda mmarima so na mede bɔne a meka mitiaa wɔn na wɔantie no nyinaa mɛba. Ɛnna Yeremia faa mmobɔwee foforo de maa Neria ba ɔkyerɛwfo Baruk, na ɔkyerɛw nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu nsɛm no nyinaa fi Yeremia anom hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho. Na ɔhene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bedii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babel hene Nebukadnesar sii no Yuda asase so hene no ananmu. Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfo antie AWURADE asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no. Na ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ɛ! Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfiri, na wɔmfaa no ntoo nneduafo dan mu ɛ. Na Farao dɔm afi Misraim reba, na Kaldeafo a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wotu fii Yerusalem ho kɔe. Ɛnna AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo nkyɛn bebisaa me hɔ ade no ni: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafi rebɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Misraim wɔn asase so; na Kaldeafo no bɛsan aba ne kurow yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew. Sɛ AWURADE se ni: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafo afi yɛn so kɔ, efisɛ wɔrenkɔ. Na sɛ mukum Kaldeafo a wɔne mo ko no dɔm nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntamadan mu mmiako mmiako de ogya abɛhyew kurow yi. Na Kaldeafo dɔm tu fii Yerusalem ho Farao dɔm anim kɔe no, Yeremia fii adi fii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so akogye ne kyɛfa nkurɔfo no mu. Na oduu Benyamin ponkɛse mu no, na awɛmfo so panyin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na osoo odiyifo Yeremia mu kae sɛ: Kaldeafo no nkyɛn na woawae rekɔ. Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn. Na mmapɔmma no bo huru hyɛɛ Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfo dan mu, ɔkyerɛwfo Yonatan fi, efisɛ ɛno na wɔde ayɛ nneduafo dan. Ɛnna Yeremia kɔɔ amoa dan no mu ne ntokuru no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii. Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam ne fi sɛ: So AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ose: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa. Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔhene Sedekia sɛ: Dɛn bɔne na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafo dan mu yi? Na ɛhe fa na mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo so ne asase yi so, no wɔ? Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotɔsrɛ nhwe w’anim, na mma wɔmmfa me nnsan nnkɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi, na mankowu hɔ. Ɛnna ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfo abangua mu, na da koro wɔma no abodoo sebɔw fi abodootofo borɔn mu kosii sɛ abodoo nyinaa sae kurow no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu ara. Na Matan ba Sefatia ne Pashur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkiya ba Pashur tee nsɛm a Yeremia reka akyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɛtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi kɔ Kaldeafo nkyɛn no benya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asade, na ɔbɛtena ase. Sɛ AWURADE se ni: Oyi na wobeyi kurow yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa. Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Wonkum ɔbarima yi ɛ, efisɛ ɔde sɛɛ rema akofo a wɔaka kurow yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agugow, sɛ ɔka sɛɛ nsɛm yi kyerɛ wɔn. Na ɔbarima yi nyɛ nea ɔhwehwɛ asomdwoe de ma ɔman yi, na mmom bɔne. Na ɔhene Sedekia kae sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo. Ɛnna wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ awɛmfo abangua mu no mu, na wɔde ntampehama gyaagyaa no too mu. Nso abura no mu nni nsu, sɛ dontori nko; na Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu. Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfi no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; nso na ɔhene no te Benyamin ponkɛse mu. Ɛnna Ebed-melek fii ahemfi ne ɔhene kɔkasae sɛ: Me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔatow no akyene amoa mu sɛ ɔkɔm nkum no, nea ɔwɔ hɔ, efisɛ aduan bi nni kurom bio. Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na koyi odiyifo Yeremia abura no mu ansa na wawu. Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na osiim kɔɔ ahemfi, adekorabea ase, kɔtasee ntamagow a asusuw na asunsuane, na wɔde ntampehama kyekyeree tow maa Yeremia abura no mu. Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntamagow a asusuw na asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehama no ase. Na Yeremia yɛɛ saa. Na wɔde ntampehama no twee Yeremia de yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu hɔ. Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fi abobow a ɛto so abiɛsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebebisa wo asɛm bi; nsiw me biribiara so. Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka mekyerɛ wo a, so ɛnyɛ okum na wubekum me? Nanso sɛ mitu wo fo a, worentie me. Na ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo menhyɛ mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo no nsa! Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ wufi adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wo kra benya nkwa, na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fi benya nkwa. Na sɛ woamfi adi ankɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnne wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo no nsa, na wɔde ogya ahyew, na wo nso, woremfi wɔn nsam mfi. Na ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me de, misuro Yudafo a wɔawae akɔ Kaldeafo no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoru me ho. Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛnea mereka makyerɛ wo yi, na asi wo yiye, na wo kra anya nkwa. Na sɛ woampene amfi adi de a, eyi ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me: Hwɛ, mmea a wɔaka Yuda ahemfi no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afi adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo komam nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a w’anan abɛhyɛ dontori mu yi, wɔasan wɔn akyi. Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn befi adi akɔ Kaldeafo nkyɛn, na wo nso, woremfi wɔ nsa mfi, na Babel hene nsa beso wo mu, na wɔde ogya bɛhyew kurow yi. Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu. Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka nea woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsiw yɛn biribiara so na yɛankum wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛ wo a? Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotɔsrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fi bio, na mankowu wɔ hɔ. Na mmapɔmma no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bebisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛe no nyinaa kyerɛɛ wɔn; ɛnna wɔne no gyaee kasa, efisɛ obiara ntee asɛm no ɛ. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu kosii da a wɔfaa Yerusalem no. Na wɔfaa Yerusalem no, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no so na Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu. Sedekia afe a ɛto so dubiako, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron na woburuw kurow no, na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfinimfini ponkɛse no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa. Na Yuda hene Sedekia ne mmarima akofo no nyinaa huu wɔn no, woguanguanee, na wofii kurow no mu anadwo, ɔhene turom kwan so faa ɔponkɛse mu, afasu abien no ntam, na ofii adi faa tataw mu kwan so kɔe. Na Kaldeafo dɔm no tiw wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko tataw mu, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn wɔ hɔ. Na Babel hene kunkum Sedekia mma n’anim Ribla; na Yuda adehye nyinaa nso, Babel hene kunkum wɔn. Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel. Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no. Na ɔman no nkae a wɔkae kurow no mu ne awaefo a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkae a wɔkae no, abrafohene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel. Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni biribi no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfuwa momaa wɔn da no. Na Babel hene Nebukadnesar hyɛɛ ankɔbeahene Nebusaradan wɔ Yeremia ho sɛ: Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛnea ɔbɛka akyerɛ wo no, saa ara na yɛ ma no. Ɛnna ankɔbeahene Nebusaradan ne mpiafohene Nebusasban, ne Rabmag, Nergal-sareser, ne Babel hene atitiriw no nyinaa, soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo abangua mu bae, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfi hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfo no mu. Na Yeremia da so da duam awɛmfo abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no. Nanso ɛda no, meyi wo, AWURADE asɛm ni, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa. Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm ni. Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn bere a ankɔbeahene Nebusaradan Rama ni no agyaa no; ɔkɔfaa no bae no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfo a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu; na ankɔbeahene no ma wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi, nanso wama aba mu, na AWURADE ayɛ sɛnea ɔkae no, efisɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no ma asɛm yi aba mo so. Na afei ɛnnɛ mayi wo mafi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnne ma ɛnka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wunim sɛ eye na wopɛ sɛ wokɔ no, kɔ! Na onnya mmuae no, ɔkae sɛ: San kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkurow so panyin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wobɛkɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduan ne ayɛyɛde, na ogyaa no kwan. Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu. Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmea ne mmofra ne asase no so ahiafo a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no, wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔne Netania ba Ismael, ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia, ne Netofani Efai mma, ne Maakatni ba Yesania, wɔne wɔn mmarima. Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ensi mo yiye. Na me de, hwɛ, mete Mispa, sɛ megyina Kaldeafo a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo de, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkurow a moafofa mu. Nanso Yudafo a wɔwɔ Moab ne Amonfo mu ne Edom, ne wɔn a wɔwɔ nsaase no nyinaa so no nyinaa tee sɛ Babel hene agyaw nkae bi ama Yuda, ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panyin no, Yudafo no nyinaa san fii nea wɔbobɔɔ wɔn petee hɔ no baa Yuda asase so, Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii ano. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn Mispa bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ Amonfo hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmekum wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni. Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoam, Mispa sɛ: Ma menkɔ minkokum Netania ba Ismael, na obiara ante; ɛdɛn nti na ommekum wo, na Yuda a wɔaboa wɔn ho ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yuda nkae no nyera? Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atosɛm na woreka Ismael ho yi. Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ɔhene asefo ne ɔhene atitiriw mu no ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ. Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrante bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no kum no. Na Yudafo a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafo a wohuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofo no nso, Ismael kunkum wɔn. Na Gedalia kum akyi nnanu a obiara ntee no, mmarima bi fi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wosi aduɔwɔtwe, wɔayiyi wɔn bogyesɛ asunsuane wɔn ntade mu abobɔ wɔn ho akam, na wokura aduan afɔre ne aduhuam sɛ wɔde reba AWURADE fi. Na Netania ba Ismael fi Mispa kohyiaa wɔn; ɔrekɔ no, na ɔresu. Na oduu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn. Na woduu kurow no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn guu abura bi mu. Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akorade wɔ wuram, awi ne atoko ne ngo ne ɛwo. Ɛnna ogyaee, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so. Nso abura a Ismael totow mmarima a okunkum wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne nea Israel hene Basa nti ɔhene Asa tui no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfo no hyɛɛ no ma. Ɛnna Ismael faa ɔman no nkae a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea ne nkurɔfo a wɔkae Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekotwam akɔ Amonfo nkyɛn. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no, wɔfaa mmarima no nyinaa kɔe, sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛse a ɛwɔ Gibeon no ho. Na nkurɔfo a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyei, na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum fii Mispa no dannan wɔn ho san wɔn akyi baa Karea ba Yohanan nkyɛn. Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe fii mu fii Yohanan anim, na osiim kɔɔ Amonfo nkyɛn. Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkae a ɔde wɔn san fii Netania ba Ismael a okum Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa no, wɔfaa mmarima akofo ne mmea ne mmofra ne mpiafo a ɔde wɔn san fii Gibeon no, na wosiim kɔtenaa Kimham asoɛe a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔde rehwe so akɔ Misraim afi Kaldeafo no anim, efisɛ wosuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no. Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfo no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so twiw bɛnee bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi, na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnantew so, ne nea yɛnyɛ nso. Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpae sɛ mokae no, na asɛm biara a AWURADE bebua mo no, mɛka makyerɛ mo; meremfa asɛm biara minsiw mo. Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokware dansefo pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka! Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yebetie, na asi yɛn yiye, sɛ yetie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti. Na dadu akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn. Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotɔsrɛ nnu n’anim no se ni: Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnne mesi mo, na merennwiriw, na medua mo, na merentutu mo, efisɛ manu me ho, bɔne a meyɛɛ mo no ho. Munnsuro Babel hene a musuro n’anim yi anim; munnsuro no, AWURADE asɛm ni, na me na midi mo akyi sɛ megye mo nkwa na mayi mo afi ne nsam; na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasan aba mo asase so. Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nne ka sɛ: Daabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhu dɔm na yɛrente torobɛntohyɛn na aduankɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a, ɛnne afei muntie AWURADE asɛm, mo Yuda nkae a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho a, ɛnne afoa a musuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɔkɔm a mo koma tutu ho no bedi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mubewuwu. Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔho no nyinaa bewuwu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfi bɔne a mede mɛba wɔn so no mu. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛnea m’abufuw ne m’abufuhyew hwie guu Yerusalemfo so no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyew behwie agu mo so, na moadan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa, na morenhu ha yi bio. AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkae, sɛ monnkɔ Misraim! Na munhu pefee sɛ madi mo adanse nnɛ. Na moatwa mo ankasa mo kra nkontompo, efisɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ. Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn, ne nea ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa. Na afei, munhu pefee sɛ afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano na mubewuwu, nea mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔho no. Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wiei no, Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ! Na Neria ba Baruk na opiapia wo hyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafo nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE antena Yuda asase so. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkae nyinaa a wɔsan fii amanaman nyinaa a wɔpansam wɔn kɔɔ hɔ no bae sɛ wɔbɛsoɛ Yudafo asase so, mmarima ne mmea ne mmofra ne ɔhene mmabea ne nnipa a ankɔbeahene Nebusaradan gyaw wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk, na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, efisɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tahpanhes. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tahpanhes sɛ: Tase abo akɛse, na fa hyehyɛ dɔte mu, ntayaa fononoo a ɛwɔ Farao fi pon ano no mu, Tahpanhes, Yudafo mmarima no anim, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, meresoma makɔfa m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede n’agua mabesi abo yi a mede makora yi so, na watrɛw n’akatamanso mu wɔ hɔ. Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, nea ɔsɛ owu no bewu, na nea ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na nea ɔsɛ afoa no, afoa bɛka no. Na mɛto Misraim anyame afi mu gya, na wahyew wɔn asoa wɔn nnommum, na wafura Misraim asase, sɛnea oguanhwɛfo fura ne ntama, na wafi hɔ asomdwoe mu akɔ. Na obebubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase so no, na ɔde ogya ahyew Misraim anyame afi no. Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafo a wɔte Misraim asase so, wɔn a wɔtete Migdol ne Tahpanhes ne Memfis ne Patros asase so no nyinaa ho ni: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mo ara moahu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte so. Efi wɔn bɔne a wɔyɛe de huruu me bo; sɛ wɔkɔ kɔhyew aduhuam de som anyame foforo a wɔne mo ne mo agyanom nnim wɔn no nti. Na mesomaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn, mitua ahema mesoma sɛ: Monnyɛ akyide a ɛyɛ me tan yi bi. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsan afi wɔn bɔne ho na wɔrenhyew aduhuam mma anyame foforo. Ɛnna m’anibere ne m’abufuhyew hwie gui, na ɛdɛw Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ma ɛdannan asase a asɛe ne amamfo sɛ ɛte nnɛ yi. Na afei, sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, se ni: Ɛdɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛse tia mo ara mo kra yi, sɛ wontwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbea, abofra ne akokoaa mfi Yuda a wɔannyaw mo nkae bi, sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me bo, na mohyew aduhuam ma anyame foforo, Misraim asase a moaba so abɛyɛ hɔ ahɔho yi so, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatwa mo akyene, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu? So mo werɛ afi mo agyanom nnebɔne ne Yuda ahene nnebɔne ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ankasa nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛe Yuda asase so ne Yerusalem mmorɔn so no? Wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de besi nnɛ da yi, nanso wonsuro, na wɔnnantew me mmara ne m’ahyɛde a mede misisii mo ne mo agyanom anim no so. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahyew. Na mafa Yuda nkae a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔho no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afoa ne ɔkɔm nti wobewie sa, afi akumaa so akosi ɔkɛse so; afoa ne ɔkɔm ano na wobewuwu, na wɔadannan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa. Na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase so no aso, sɛnea mede afoa, ɔkɔm ne owuyare mebɛtwee Yerusalem aso no, na Yuda nkae a wɔakɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho no mu biara remfi mu anaasɛ ɔrenka na wɔasan aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ hɔ no so kɔtena hɔ no, efisɛ obi bi rensan mma, gye aguanfo. Ɛnna mmarima a wonim sɛ wɔn yerenom hyehyew aduhuam maa anyame foforo no nyinaa ne mmea a wogyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛse, ne ɔman a wɔte Patros, Misraim asase so no nyinaa buaa Yeremia sɛ: Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo, na mmom yɛbɛyɛ biribiara a efi yɛn anom, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no sɛnea yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahene ne yɛn asafohene yɛe, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so a aduan meemee yɛn na yedii yiye na yɛanhu bɔne bi no. Na efi bere a yegyaee ɔsoro hemmaa no aduhuam hyew ne ahwiesa hwie no, ade nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afoa ne ɔkɔm awie yɛn yɛ yi. Na mmea kae sɛ: Sɛ yɛhyew aduhuam ma ɔsoro hemmaa na yehwie ahwiesa ma no a, so yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ tetare de sisi hɔ ma no na yehwie ahwiesa no anaa? Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmea ne nkurɔfo a wobuaa no no nyinaa sɛ: Aduhuam a mo ne mo agyanom, mo ahene ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfo no hyewee, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no, ɛnonom na AWURADE akae, na aforo ahyɛn ne komam. Efisɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nsɛnnii bɔne ne akyide a moyɛe no bio, na mo asase adan amamfo ne ahodwiriwde ne nnome a obiara nte hɔ sɛ ɛte nnɛ yi. Esiane sɛ mohyehyew aduhuam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde ne n’adansesɛm no so nti na asiane bɔne yi abesiane mo sɛ ɛte nnɛ yi. Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmea no nyinaa sɛ: Yudafo a mowɔ Misraim asase so nyinaa, muntie AWURADE asɛm: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma ɛba mu sɛ: Ɔma ara na yɛbɛma yɛn aboade a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Otim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ɔma nso na mobɛma mo aboade no. Ne saa nti muntie AWURADE asɛm, Yudafo a mote Misraim asase so nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛse no ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔremmɔ me din Yudani biara anom Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te ase yi! Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, sɛ mɛyɛ wɔn bɔne, na ɛnyɛ papa na Yudafo a wɔwɔ Misraim asase so no nyinaa bɛdwerɛw afoa ne ɔkɔm ano akosi sɛ wobewie sa. Na nnipa kakraa bi a wobefi afoa ano afi no bɛsan afi Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkae a wɔbaa Misraim asase so bɛsoɛɛ hɔ ahɔho no nyinaa behu onii a n’asɛm begyina, me de oo, wɔn de oo! Na eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahu sɛ me nsɛm no aba mu wɔ mo ho ayɛ mo bɔne: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Misraim hene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no akum no no nsa, sɛnea mede Yuda hene Sedekia mehyɛɛ Babel hene Nebukadnesar a ɔtan no pɛ no akum no no nsa no. Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no se: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka wo, Baruk, ho ni: Woka sɛ: Minnue, sɛ AWURADE de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi. Ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so. Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, AWURADE asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ. AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn, amanaman ho ni: Ɛfa Misraim ho, Misraim hene Farao Neko dɔm, a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babel hene Nebukadnesar kum wɔn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no ho: Munsiesie akyɛmwa ne ɔkyɛm, na muntu sa. Munsiesie apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho, montenatena so, apɔnkɔsotefo, monhyɛ dade kyɛw nnyinagyina hɔ, mompɔw mpeaw ho, monhyehyɛ dade nkatabo. Efi dɛn so na mihu wɔn sɛ wɔn bo atu yi? Na wɔadan wɔn akyi, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn agu, na aguan ara na wɔreguan na wɔnhwɛ wɔn akyi yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm ni, Ɔhoɔharefo nnya aguanye, na dɔmmarima mfi mu mfi; atifi fam, asu Eufrate no ho na wɔahintihintiw na wɔahwehwe ase. Hena na ɔreba sɛ Nil, na n’asorɔkye rebɔ sɛ asukɛse de yi? Misraim atu reba sɛ Nil, n’asorɔkye rebɔ sɛ asu akɛse de, na ese: Meyiri makata asase so masɛe nkurow ne emufo no. Montenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfi adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafo no ne Ludifo a wokura ta pono mu no. Saa da no yɛ AWURADE, asafo AWURADE de, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afoa bedidi amee, na wɔn mogya ama abow, na AWURADE, asafo AWURADE, wɔ okum afɔre, benkum fam asase so, wɔ asu Eufrate ho. Oo ababaa, Misraim babea, foro kɔ Gilead kogye aduru; ɔkwa ara kwa na woma nnuru dɔɔso, ayaresa bi nni hɔ mma wo. Amanaman ate w’ahohora, na wo nteɛm ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase. Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia, sɛ Babel hene Nebukadnesar bɛba abɛsɛe Misraim asase no: Monka Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol, na mompae mu nka Memfis ne Tahpanhes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, efisɛ afoa redidi atwa wo ho ahyia. Efi dɛn so na wɔapra w’akunini kɔ yi? Obi annyina, na AWURADE apam wɔn. Wama pii ahwehwe ase, obiako atɔ da ne yɔnko so po; ɛnna wose: Sɔre ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne yɛn awo asase so mfi afoa a ɛyɛ hu no anim. Wɔteɛm hɔ sɛ: Misraim hene Farao asɛe; wama bere a ɛsɛ no atwam. Sɛ mete ase yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm ni, sɛ Tabor si mmepɔw no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba. Yɛ atukɔ ho ade fa, Misraim babea a wote hɔ no, na Memfis bɛdan amamfo, na ahyew a obi rentena mu bio. Misraim yɛ nantwiba ɔbere a ne ho yɛ fɛ; ɔsɛe fi atifi fam reba, ɛreba. N’apaafo a wɔwɔ mu no nso te sɛ anantwi mma nyɛmmoa, na wɔn nso wɔdan wɔn ho bom guanguan; wonnyina, efisɛ wɔn sɛe da adu, wɔn asotwe bere aba wɔn so. Ne nne gyigye kɔ sɛ ɔwɔ de, na wɔde dɔm nam so reba, na wɔde mmonnua reba no so sɛ nnuatowfo. Wobebu ne kwae, AWURADE asɛm ni, na wonnya mu ahwehwɛye, na wɔdɔɔso sen mmoadabi, na wɔn dodow nni ano. Wɔama Misraim babea ani awu, wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa. Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahene ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so no, na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi na wɔbɛtena so sɛ tete nna no, AWURADE asɛm ni. Na wo, m’akoa Yakob de, nsuro, na mma wo bo nntu, Israel. Na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, ne w’asefo nso afi wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asan aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a obeyi no hu. Wo, m’akoa Yakob de, nsuro, AWURADE asɛm ni, na midi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie sa, na wo de, merenwie wo sɛe; na mɛteɛ wo so sɛ ɛfata, na bem de, meremma wunni da. AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn Filistifo ho, ansa na Farao bae bɛtoaa Gasa no ni: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nsu rema ne ho so afi atifi fam na ayɛ asu a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, nkurow ne wɔn a wɔte mu no so. Na nnipa bɛteɛteɛɛm, na asase no sofo abɔ abubuw, wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a esisi fam tim tim no, kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne n’anan huuyɛ nti, agyanom nnan wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu gow no nti, Esiane ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifo nyinaa, atwitwa Tiro ne Sidon aboafo a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifo, Kaftor supɔw mu nkae no. Tipae aba Gasa so, Askelon ayɛ komm Ao bon mu tumi nkae. Wobɛbɔ wo ho akam akosi da bɛn? Ao, AWURADE afoa, enkosi da bɛn ansa na wo ho adwudwo? San kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na adwudwo, sɛ AWURADE ahyɛ no yi? Askelon ne mpoano hɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra. Nea ɛfa Moab ho: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Nebo nnue! Efisɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Abannennen no ani awu na wɔadwiriw agu. Moab ayeyi bi nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, Hesbon hɔ sɛ: Mommra mma yentwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo Madmen nso, woayɛ kranana, afoa di w’akyi. Osu nne fi Horonaim, ɔsɛe ne abu kɛse. Wɔabubu Moab, emu mmofra nkumaa ma wɔte nteɛm. Na Luhit aforoee hɔ, osu ara nko na wɔde foro; na Horonaim asianee hɔ nso, wɔte ɔsɛe ho adwotwa. Munguanguan mma mo kra mfi mu mfi, na monyɛ sɛ anwea pradada so dua a ɛso ayɛ pasaa. Na esiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akorade so nti, wo nso wɔbɛfa wo so, na Kemos, ne n’asɔfo ne n’asafohene abom afi adi akɔ tukɔ mu. Na ɔsɛefo bɛba nkurow nyinaa so, na kurow biara remfi mu mfi; na abon bɛyera, na asasetaw nso asɛe, sɛnea AWURADE kae no. Momma Moab ntaban, na ontu nkɔ. Na ne nkurow bɛyɛ amamfo a obiara nte mu. Nnome nka nea ɔyɛ AWURADE adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu. Moab atena ase dwoodwoo fi ne mmofraase, na wada ne puw so, na wonhwiee no mfii ade mu nguu ade mu ɛ, na ɔnkɔɔ tukɔ mu da; enti na ne dɛw aka ne mu, na ne ho huam nsakrae ɛ. Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛsoma atuefo aba no so a wobetue wɔn, na wɔahwiehwie nea ɛwɔ n’ade mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso. Na Moab ani bewu Kemos ho sɛnea Israel fi ani wui, Betel a wɔde wɔn ho too so no ho no. Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofofo a wɔfata ɔko? Wɔasɛe Moab, na wɔaforo akɔ ɛso nkurow mu, na ne mmerante a wɔapaw wɔn no asian kɔ okum mu, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din asɛm ni. Moab sɛe repempɛn so ba, na ne mmusu reyɛ ntɛmpa. Munnyam no, mo a motete ne ho nyinaa ne mo a munim ne din nyinaa. Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den, poma fɛfɛ no abu yi? Sian fi w’anuonyam mu, na tena osukɔm asase so, Dibon babea a wote agua so. Na Moab sɛefo atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no. Kogyina ɔkwan ho na hwɛ, Aroer mutefo, bisa oguanfo ne nea wafi mu afi sɛ: Dɛn na aba? Moab ani awu, na wɔadwiriw agu; mommɔ abubuw na monteɛm, monka mfa Arnon so sɛ wɔasɛe Moab. Na atemmu aba asasetaw no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat, ne Dibon ne Nebo ne Betdiblataim, ne Kiriataim ne Betdamul ne Betmeon, ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkurow a ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn nyinaa so. Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm ni. Momma ɔmmow, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab nyantam ne fe mu, na ɔno nso nnan asereserede. So Israel anyɛ wo aserede? So wohuu no awifo mu na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowosow wo ti? Moabfo, munnyaw mo nkurow nkɔtena abotan so, na monyɛ sɛ aturukuku a ɔyɛ ne buw abodan ano nkyɛn mu. Yɛate Moab homan a wahoman dodo no, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’ahupoo ne ne koma soma. Me ara, AWURADE asɛm ni, minim n’anuɔden; n’ahoahoa yɛ atoro na ne nsɛnnii nso yɛ atoro. Enti mitwa Moab ho agyaadwo, na mebɔ Moab nyinaa ho abubuw, na wodi Kir-heres mmarima ho nkɔmmɔ. Mede Yaser su no bi misu wo, Ao Sibma obobe; wo nhama atra ɛpo, akodu Yaser po ano; wo nnuabatew ne wo bobe abatew so na ɔsɛefo aba abegu, na anigye ne ahurusidi to atwa wɔ mfuw pa a ɛwɔ Moab asase so; matwa nsa to afi nsa-kyi-amoa mu; wɔremfa anigye nnye so, nsakyi no mu; wɔto gye so a, ɛnyɛ anigye so. Wɔma wɔn nne so fi Hesbon nteɛm no mu kosi Eleale ne Yahas, efi Soar kosi Horonaim, sɛ mfe abiɛsa nantwibere; na Nimrim nsu po adan nkyerekyerewa. Na metwa Moab mu, AWURADE asɛm ni, nea ɔbɔ ɔhyew afɔre sorɔnsorɔmmea ne nea ɔhyew aduhuam ma n’anyame no. Ɛno nti me koma gyigye ma Moab sɛ bɔtɔwa, na me koma gyigye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-heres mmarima, efisɛ ade a wɔanya a wɔde asie no ayera. Na eti nyinaa apopa, na bogyesɛ nyinaa akukuw, nsa nyinaa mu ayɛ nkamaa, na atweaatam miamia asen. Osutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi ne ne mmorɔn so, na mabɔ Moab sɛ kuku bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm ni. Wɔadwiriw no dɛn ara, wɔbɔ abubuw dɛn ara! Moab de aniwu dan n’atiko dɛn ara, na Moab adan aserede ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa. Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔretu sɛ ɔkɔre, na ɔtrɛw ne ntaban mu ba Moab so. Wɔafa Keriot, na wɔagye nkurow a ɛyɛ den no, na ɛda no, Moab nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda awoyaw mu koma. Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm. Ehu ne oku ne hentia da wo da, wo a wote Moab no, AWURADE asɛm ni. Nea oguan fi ehu ano no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku mu no, wɔde hentia beyi no, na mede Moab asotwe afe mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni. Hesbon nwini mu na aguanfo a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyinae, na ogya afi Hesbon, na ogyaframa afi Sihon mu, na abɛhyew Moab mpampam ne hooyɛ mma no abogye. Moab, due! Kemos man ayera, na wɔafa wo mmabanin nnommum, na wo mmabea kɔ nnommumfa mu. Nso mede Moab nnommum mɛsan aba, nna a edi akyiri no mu, AWURADE asɛm ni. Nea Moab atemmu no aso ne ha. Nea ɛfa Amonfo ho: Sɛ AWURADE se ni: So Israel nni mmabanin, anaasɛ onni ɔdedifo? Efi dɛn so na wɔn hene di ade Gad, na ne manfo tete ne nkurow mu? Ɛno nti, hwɛ nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma Amonfo kurow Raba no ate ɔko mu sebɔ, na adan afabokuw, na wɔde ogya ahyew ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifo ade, AWURADE na ose. Hesbon, bɔ abubuw, na wɔasɛe Ai. Raba mmabea, monteɛm, mumfura atweaatam ntwa agyaadwo, na munkyinkyin afasu no ntam, na Milkom rekɔ tukɔ mu, ɔne n’asɔfo ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ. Ɛdɛn nti na wohyehye wo ho, w’ahoɔden ho? W’ahoɔden no rekɔ fam, ɔbabea sansani, wode wo ho too w’akorade so kae sɛ: Hena na ɔbɛba me so no? Hwɛ, mede ehu mefi wɔn a wɔatwitwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn maba wo so, asafo AWURADE asɛm ni, na wɔasunsum mo mmiako mmiako akyene afi wo mfɛfo nyinaa mu a obi remmoa aguanfo no ano. Na ɛno akyi no, mede Amonfo nnommum mɛsan maba bio, AWURADE asɛm ni. Nea ɛfa Edom ho. Sɛ asafo AWURADE se ni: So nyansa bi nni Teman bio? Afotu abɔ nhumufo, wɔahwie wɔn nyansa agu? Munguan, monnan mo akyi, monkɔtena nea emu dɔ hɔ, Dedanfo, na mede Esau ho mmusu no bi mɛba no so, bere a mɛba mabɛtwe n’aso no. Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, wɔrennyaw wo mpɛpɛwa. Sɛ anadwo awifo ba a, wɔbɛsɛe nea ɛbɛso wɔn. Na me de, mama Esau ho ada hɔ, mayi n’ahentade adi, na ɔrentumi nkora ne ho, wɔasɛe n’asefo ne ne nuanom ne n’afipamfo, na onni hɔ bio. Gyaw wo nyisaa, me na megye wɔn nkwa, na w’akunafo nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so. Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, ɔnom ara na wɔnom, na wo de, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom ɔnom ara na wobɛnom. Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ Bosra bɛdan ahodwiriwde, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkurow nyinaa ayeyɛ daa amamfo. Mate AWURADE anom nsɛm, na wɔasoma ɔbɔfo akɔ amanaman mu sɛ: Mommoaboa mo ho ano mmra no so, na monsɔre mmɛko. Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtiaa nnipa mu. W’ahide ne wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, wo a wote nkoko a ɛkorɔn so; sɛ woyɛ wo buw sorosoro sɛ ɔkɔre po a, ɛhɔ ara na meyi wo afi asi fam, AWURADE asɛm ni. Na Edom bɛdan amamfo, obiara a obetwam ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no, na wabɔ hwirema hwee hwee. Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ hɔ. Hwɛ, ɔforo sɛ gyata fi Yordan kwae no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde aguan afi hɔ afrɛso; na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim? Enti muntie AWURADE agyina a watu Edom ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Temanfo ho no: Ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw. Wɔn asehwe gyegyeegye nti asase wosow, abubuw a wɔbɔ no, wɔte nka Mmɛw Po ano tɔnn. Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔre, retu aba, na ɔtrɛw ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda ahohia mu koma. Damasko de: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwu, efisɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn koma atu; ɛpo mu ahuru, entumi nyɛ komm. Damasko agurow, adan ne ho rebeguan; nketenkete akyere no, ahohia ne yaw akita no sɛ ɔbaa a ɔwɔ awo mu. Ayeyi kurow, m’ahosɛpɛw kurow no, wɔagyaw no dɛn ara! Enti emu mmerante bɛtotɔ mmorɔn so, na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofo nyinaa agu, asafo AWURADE asɛm ni. Na mɛsɔ Damasko fasu mu gya, na ahyew Ben-hadad aban afɛfɛ no. Kedar ne Hasor ahenni a Babel hene Nebukadnesar sɛee no de ni: Sɛ AWURADE se ni: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueifo. Wɔn ntamadan ne wɔn nguan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nneɛmanneɛma ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateɛm aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa. Munguan, muntu mmirikaden, monkɔhintaw nea emu dɔ hɔ, mo a mote Hasor! AWURADE asɛm ni. Na Babel hene Nebukadnesar atu mo ti agyina, na wapam mo ho apam bɔne. Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwo a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm ni. Wonni apon ne akyi adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ. Na wɔn yoma bɛyɛ afowde, na wɔn mmoakuw dodow ayɛ asade; na mɛbɔ wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu mapete mframa nyinaa mu, na mede wɔn sɛe mafi afa nyinaa maba wɔn so, AWURADE asɛm ni. Na Hasor bɛdan sakraman tenabea ne daa amamfo, obi bi rentena hɔ, na onipa biara rensoɛ mu sɛ ɔhɔho. AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase mu sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebubu Elam ta, wɔn mmaninyɛ ade titiriw mu; na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ; na mɛma Elam koma atu, wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusu a ɛyɛ m’abufuw mu gya mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni, na mama afoa atiw wɔn akosi sɛ mewie wɔn yɛ. Na mede m’agua mesi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm ni. Nanso nna a edi akyiri no mu no, mede Elam nnommum mɛsan maba, AWURADE asɛm ni. Asɛm a AWURADE nam odiyifo Yeremia so ka tiaa Babel ne Kaldeafo asase no ni: Monka amanaman mu, momma wɔnte na munsi frankaa, momma wɔnte, na munnsiw so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwu, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔakum n’ahoni aniwu, wɔayɛ n’abosom pasaa. Na ɔman bi fi atifi fam retu no so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo, a obiara rentena so, nnipa ne mmoa nyinaa betu akɔ. Nna no mu ne bere no mu no, AWURADE asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn. Wobebisa Sion akyi kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, daa apam a werɛ remfi mu. Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere. Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tetew wɔn, na wɔn ahohiafo ka sɛ: Yennii so ɛ! Esiane sɛ wɔayɛ AWURADE bɔne, trenee tenabea ne wɔn agyanom anidaso AWURADE no. Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim. Na hwɛ, me na menyan amanaman akɛse asafo mama wɔafi benkum fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wobefi afa no, wɔn agyan yɛ sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsan n’akyi kwa. Na Kaldeafo bɛdan asade, wɔn a wɔbɛfow no nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm ni. Esiane sɛ mo ani gye, na mudi ahurusi, mo a mofom m’agyapade no, na muduɔbo sɛ nantwiforo, sare momono mu, na mobɔ mmɔn sɛ apɔnkɔ akunini nti, mo na ani bewu pa ara, mo wofo anim begu ase: Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafo, sare nkyerekyerewa ne sare pradada. AWURADE abufuhyew nti obi rentena hɔ na ne nyinaa bɛdan amamfo koraa; obiara a otwam Babel ho no ho bedwiriw no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwirema hwee hwee. Mommae mu ntwa nhyia Babel ho, mo a mukuntun ta mu nyinaa; montotow no, monnkyɛe agyan so, efisɛ wayɛ AWURADE bɔne. Mommɔ no so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinaso ahwehwe ase, n’afasu adwiriw, na AWURADE aweretɔ ne no; montɔ mo were no so, monyɛ no sɛnea ɔyɛe no. Muntwa ogufo mfi Babel, ne nea oso kantankrankyi mu twabere mu no. Esiane atirimmɔden afoa no nti wɔn nyinaa bɛsan akokɔ wɔn nkurɔfo mu, na wɔaguanguan akokɔ wɔn asase so. Israel yɛ oguanten a wayera a agyata apam no kɔ; kan no, Asaria hene na ɔtetew no, na akyiri yi, ne nnompe po, Babel hene Nebukadnesar abubu mu. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛnea meba mebɛtwee Asaria hene aso no, na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead. Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no. Tu Merataim, ase ne: Atuatew mmɔho asase, ne Pekod a ase ne: Asotwe nkurɔfo no so sa. Sɛe wɔn, na hyew di wɔn akyi, AWURADE asɛm ni, na yɛ sɛnea mehyɛɛ wo no nyinaa. Nnɔnkoe gyegyeegye ne ɔsɛe kɛse wɔ asase no so. Wɔatwitwa na wɔabubu asase nyinaa asɛe no dɛn ara! Babel adan amamfo amanaman mu dɛn ara. Masum wo afiri na wɔayi wo nso, Babel, na wo de, woanhu; wohuu wo kyeree wo nso, efisɛ wo ne AWURADE na adi aperepere. AWURADE ahiɛ n’akorabo dan, na wayi n’abufuhyew akode, efisɛ AWURADE, asafo AWURADE wɔ adwuma bi yɛ, wɔ Kaldeafo asase so. Mumfi ano noho mmra no so, munhiɛ n’asan, monsesaw ngu hɔ sɛ awi akuakuw, na monsɛe no koraa, mommma biribiara nnka mmma no. Munkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wonsian nkɔ okum mu. Wonnue, efisɛ wɔn da, wɔn asotwe bere adu. Wɔte aguanfo ne wɔn a wɔafi mu afi Babel asase so nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefi ho aweretɔ Sion hɔ. Momfrɛ agyantofo nkɔtoa Babel, wɔn a wokuntun ta nyinaa, mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara mmfi mu mmfi. Munsusuw ne nneyɛe so nhyɛ no ananmu, sɛ ɔyɛe no nyinaa, monyɛ no saa ara, efisɛ wadi AWURADE, Israel kronkronni no so ahantansɛm. Enti ne mmerante bɛtotɔ ne mmorɔn so, na n’akofofo nyinaa bɛdwerɛw ɛda no, AWURADE asɛm ni. Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, efisɛ wo bere adu, w’asotwe bere adu. Na ɔhantanni behintiw ahwe ase, na obi nni hɔ a ɔbɛma no so; na masɔ ne nkurow mu gya, na ahyew atwa ne ho nyinaa ahyia. Sɛ asafo AWURADE se ni: Wɔhyɛ Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa kurakura wɔn mu, wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn. Wɔn gyefo no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; odi na ɔne wɔn ho asɛmpɛfo no bedi, sɛnea ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfo ahometew. Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so. Afoa wɔ atoro akɔmfo no so, na wɔadannan nkwasea; afoa wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔasɛe wɔn. Afoa wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafo afrafrafo a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa so, na wɔadannan mmea; afoa wɔ n’akorade so na wɔafow wɔn; ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow, efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam. Ɛno nti sare so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awo ntoatoaso a edidi so mu biara renkyekye bio. Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow a Onyankopɔn butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi bi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ mu hɔho. Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam reba, na ɔman kɛse bi ne ahene bebree ahwanyan wɔn ho afi asase ano tɔnn. Wokurakura ta ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wonhu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofofo, atu wo, Babel babea, so sa. Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu. Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ofi Yordan kwae no mu reba ne daa afe aduan so, na mɛma waguan afi hɔ afrɛso, na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim? Enti muntie AWURADE agyina a watu Babel ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Kaldeafo asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw. Na sɛ wɔte dede sɛ: Wɔafa Babel nnommum pɛ! Asase no bɛwosow, na wɔbɛte n’abubuwbɔ amanaman mu. Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, merehwanyan mframa a ɛsɛe ade matia Babel ne nnipa a wɔtete Kaldea, na masoma huwfo makɔ Babel, na wɔahuw no, na wɔama n’asase ada mpan, mmere a wobetwitwa ne ho ahyia, ɛda bɔne no so. Mma takuntunfo nkuntun ne ta na mma ɔmma ne ho so, ne dade nkatabo no mu. Na monnkyɛe ne mmerante so, monsɛe ne dɔm nyinaa pasaa; na wɔbɛtotɔ agugu Kaldeafo asase so, na wɔn a wɔapirapira agugu ne mmɔten so. Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim. Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka. Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ adam no. Mpofirim no, Babel ahwe ase na abubu. Muntwa ne ho agyaadwo, momfa ne yaw ano nku mmra, ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie. Anka yɛresa Babel yare, nanso anyɛ yie; munnyaw no mma yɛnkɔ yɛn nsaase so, na n’atemmu akodu ɔsoro, na wɔama so de akodu wim tɔnn. AWURADE ayi yɛn trenee adi; mommra mma yɛmmɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion. Monsew agyan no, munso akyɛm mu! AWURADE ahwanyan Media ahene honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe no, efisɛ AWURADE aweretɔ, n’asɔrefi aweretɔ ne no. Munsi frankaa nhyɛ Babel afasu, momma ɔwɛn no mu nyɛ den, momfa awɛmfo nsisi hɔ, munsiesie atɛwfo, na AWURADE dwen ne tirim, nso ɔreyɛ nea waka Babelfo ho no. Wo a wote nsu bebree ho a w’akorade dɔɔso, w’awiei aba, na hama a ekura wo kra mu no atew. Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Mede nnipa mɛhyɛ wo ma, sɛ mmɛbɛw, na wɔabɔ wo so se. Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa ma wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ. Sɛ ɔkasa a, nsu dodow ba soro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam, ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea hɔnom. Nnipa nyinaa yɛ tibɔnkɔso a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude yɛ atoro, na ahome bi nni wɔn mu; wɔyɛ ahuhude nko, ahuammɔdwuma, wɔn asotwe bere mu no, wɔbɛyera. Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’agyapade abusuakuw, asafo AWURADE ne ne din. Woyɛ me asae ne akode, na mede wo mebobɔ amanaman, na mede wo mesɛesɛe ahenni; na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo, na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutefo; na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbea, na mede wo mebobɔ akwakoraa ne abofra, na mede wo mebobɔ aberante ne ababaa; na mede wo mebobɔ oguanhwɛfo ne ne nguankuw, na mede wo mebobɔ okuafo ne n’anantwi mpamho, na mede wo mebobɔ amradofo ne ɔman mpanyimfo. Na metua Babel ne Kaldeafo nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, a mo ani tua mu, AWURADE asɛm ni. Hwɛ, me ne wo na anya, bepɔw sɛefo, AWURADE asɛm ni, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na mateɛ me nsa, na mapirepirew wo mafi ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔw a, ahyew koraa. Na wɔremfa wo mu ɔbo a wɔde bɛto twea ne ɔbo a wɔde bɛhyɛ ase, na mmom wobɛdan daa amamfo, AWURADE asɛm ni. Munsi asase no so frankaa, monhyɛn ntorobɛnto amanaman mu; momma amanaman nnoa no so sa, munhyia Ararat, Mini ne Askenas ahenni nhyɛ no; munsi sahene nhyɛ no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛw manyamanya. Momma amanaman nnoa no so sa, Media ahene, wɔn amradofo ne wɔn amampanyin ne wɔn ahemman asase nyinaa. Na asase no wosow na ɛpopo, efisɛ AWURADE tirimpɔw no aba mu, Babel ho, sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte mu. Babel nnɔmmarima agyae ko wɔtete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadannan mmea; wɔatoto wɔn afi mu gya, wɔabubu akyiri adaban. Mmirikatuni tu mmirika kohyia mmirikatuni, ɔbɔfo nam hyia ɔbɔfo foforo kɔbɔ Babel hene kaseɛ, sɛ wɔafa ne kurow no, efi ti kɔ ti, na wɔagye asutwaree no, na wɔde ogya ahyew mmɛw tare no, na asraafo no ani atane. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Babel babea te sɛ awiporowbea, bere a wotiatia so no. Aka kakraa na twabere adu ama no. Babel hene Nebukadnesar atetew yɛn, wayam yɛn, ɔde yɛn asi hɔ sɛ ade a hwee nni mu; wamene yɛn sɛ asu mu bɔpɔn bi, ɔde me nnɔkɔnnɔkɔwade ahyɛ ne yafunu ma, wasunsum yɛn kɔ. Atirimmɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel, wɔn a wɔte Sion no na wɔbɛka saa; na me mogya ngu Kaldeafo so, Yerusalem na ɔbɛka saa. Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ wo were mama wo; na mama ne po no mu awo, na n’asubura ayow; na Babel bɛyɛ akuwakuw ne sakraman tenabea, ahodwiriwde ne fɛwdi, na obiara rentena hɔ. Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpopo so sɛ agyata mma. Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon, na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyan, AWURADE asɛm ni. Mɛtwe wɔn masian sɛ, nguammaa makɔ okum mu, sɛ adwennini ne mpapo nyinaa. Wɔafa Sesak, a ɛne Babel agye asase nyinaa ayeyi no dɛn ara! Babel adan amanaman mu ahodwiriwde dɛn ara! Ɛpo asram Babel so, n’asorɔkye huuyɛ akata so. Ne nkurow adannan amamfo, asase kesee ne nkyerekyerewa, asase a obiara nte so na onipa ba biara mfa so. Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi nea wamene no afi n’anom, na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasu nso ahwe ase. Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra nkwa mfi AWURADE abufuw mu gya no ano. Nso mommma mo koma nntu, na munnsuro akwansosɛm a wɔbɛte asase so no ho, na akwansosɛm bɛba afe bi so, na ɛno akyi afe no, akwansosɛm bɛba; na nhyɛso wɔ asase no so, nea odi tumi sɔre hyɛ nea odi tumi. Ɛno nti hwɛ, nna bi reba a mɛba abebu Babel ahoni no atɛn, na n’asase nyinaa ani awu, na n’atɔfo nyinaa ahwehwe ase wɔ so. Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babel ho ahurusi dwom, na asɛefo befi atifi fam aba no so, AWURADE asɛm ni. Babel nso, sɛ wɔmaa Israel atɔfo hwehwee ase no, saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfo bɛhwehwe ase. Mo a moafi mu afi afoa ano no, monnantew nkɔ, munnnyina! Mumfi akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo komam. Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, efisɛ ananafo aba AWURADE fi akronkronne so. Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛba mabebu n’ahoni no atɛn, na atɔfo bɛpenepene n’asase nyinaa so. Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so, AWURADE asɛm ni. Tie! Wɔte nteɛm fi Babel ne obubu kɛse fi Kaldeafo asase so; na AWURADE resɛe Babel, ɔrema emu gyegyeegye no to atwa; na wɔn asorɔkye yɛ huu sɛ nsu bebree, wɔn nne hooyɛ gyigye. Na ɔsɛefo aba Babel so, na wɔkyekyere ne nnɔmmarima, wobubu wɔn ta mu, efisɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE, obetua ne nyinaa so ka. Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni. Sɛ asafo AWURADE se ni: Babel afasu a atrɛw tɛtrɛɛ no, wobedwiridwiriw ama ase ada hɔ fann, na kurow ano apon a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhyew, na aman adwuma a wɔyɛe no ayɛ hunu, na ogya ahyew nea nkurɔfo dodow abrɛ ho no. Asɛm a odiyifo Yeremia de hyɛɛ Maaseia ba Neria ba Seraia, bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babel, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no; nso na Seraia di apiafohene. Na Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babel so no hyɛɛ nhoma biako mu, nsɛm a wɔakyerɛw Babel ho yi nyinaa. Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ wudu Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa, na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wubetutu a obiara rentena mu, efi nnipa so kosi afieboa so, na mmom adan daa amamfo ara nko. Na sɛ wuwie nhoma yi kenkan a, wode ɔbo akyekyere ho na woatow akyene Eufrate mu aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba no so nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem. Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem; na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no nyinaa. Na AWURADE abufuw nti na ɛbae saa, Yerusalem ne Yuda, de kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua. Na n’ahenni afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du, da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar, ɔno ne n’asraafo dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpempe hyiae. Na kurow no dii kamu kosii ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu. Ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron no, ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no. Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu, na mmarima akofo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo faa ɔponkɛse mu, afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafo atwa kurow no ho ahyia, na wɔfaa Yordan tataw kwan so kɔe. Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw no so, na n’asraafo dɔm nyinaa fii ne ho petee. Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn. Na Babel hene kum Sedekia mmammarima n’anim, na okunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla. Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfo dan mu kosii ne wuda. Na ɔsram a ɛto so anum, da a ɛto so du a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a ɛto so dunkron no mu na ankɔbeahene Nebusaradan a ogyina Babel hene anim no baa Yerusalem, na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, afi akɛse nyinaa, ɔde ogya hyewee. Na Kaldeafo asraafo dɔm a wɔne ankɔbeahene no bae no nyinaa buruw Yerusalem afasu no nyinaa hyiae. Na ɔman no mu ahiafo no mu bi, ne nkurɔfo no nkae a wɔkae kurow no mu no, ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, ne asafo yuu no nkae no, na ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe. Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw asase no so ahiafo no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfo ne akuafo. Na kɔbere adum a ɛwowɔ AWURADE fi ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere no nyinaa kɔɔ Babel. Na nseaa ne sesaw ade ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae, na nyaawa ne nso kukuwa ne nkora ne nseaa ne kanea nnua ne nsankawa ne nkuruwa no, nea ɛyɛ sika no sika ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe. Adum abien no, ɛpo biako no, kɔbere anantwi dumien a ɛwɔ ase no, nsugye nnaka a ɔhene Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔantumi ankari. Adum no, biako korɔn si basafa akron, na basafa asia hama twa ho hyia, na emu pipripi yɛ nsatea anan, na ɔkwan da mu. Na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na oduntiri no korɔn yɛ basafa abien ne fa, na ntontan ne atea aba wowɔ oduntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere, na odum a ɛto so abien no ho wɔ ɛno ara bi ne atea aba. Na atea aba a ɛsensɛn mframa ano no si aduakron asia, na atea aba a ɛwowɔ ntontan no ho hyia no nyinaa si ɔha. Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfo titiriw Seraia ne ɔsɔfo a odi so Sefania ne aponanohwɛfo baasa, na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baasɔn a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no kyerɛwfo ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wohuu wɔn kurow no mu no, na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla. Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkum wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so. Saa na wotuu Yuda fii n’asase so kɔe. Eyi ne ɔman a Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no: Afe a ɛto so ason no mu no, Yudafo mpensa aduonu abiɛsa; Nebukadnesar afe a ɛto so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa abien; Nebukadnesar afe a ɛto so aduonu abiɛsa no mu no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafo ahansɔn aduanan anum kɔe: Nnipa no nyinaa si mpemnan ahansia. Na Yuda hene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so aduasa ason so, ɔsram a ɛto so dumien, da a ɛto so aduonu anum no, Babel hene Ewil-merodak, afe a obedii mu hene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so, na oyii no fii nneduafo dan mu, na ɔne no kasaa ɔkasa pa, na ɔmaa n’agua kyɛn ahene a wɔne no wɔ Babel no agua. Na ɔma oyii ne duam nna ntade no, na odidii n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa. Na nea wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa de kosii ne wuda. Ao, kurow a anka emu nkurɔfo dɔɔso no, ne nko ara te hɔ dɛn ni? Nea anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafo. Nea odi nsaase horow so hemmaa no, wayɛ nea oyi tow. Osu ara na osu anadwo, na nusu sensan n’afono so. Onnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefo bi. Ne mfɛfo nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadannan no atamfo. Amane ne ɔsom dodow nti Yuda atu kɔ. Ɔte amanaman mu, na onnya homebea. N’atiwfo nyinaa kɔtoo no n’ahokyere mu. Sion akwan no di awerɛhow, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti. N’aponkɛse nyinaa ayɛ afo. N’asɔfo gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na wɔn nso werɛ ahow. N’ahohiafo abedi ti, n’atamfo di yiye; na ne mmarato dodow nti AWURADE ahyɛ no awerɛhow: Ne mmotafowa adi ɔtamfo anim kɔ nnommumfa mu. Na Sion babea ahokeka nyinaa aguan afi ne ho kɔ; ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe a wonnya adidibea, wodi atiwfo anim na wonni ahoɔden. Yerusalem amane ne n’ahometew nna yi mu wakae n’afɛfɛde a ɛwɔ hɔ fi tete nna no mu no nyinaa; ne nkurɔfo hwee ɔhohiafo nsam na wannya ɔboafo no, n’ahohiafo ani gyei, na wɔserew n’asehwe no. Yerusalem ayɛ bɔne kɛse ɛno nti na wadan asrede. Wɔn a anka wodi no ni nyinaa to ne ho mpe, efisɛ wɔahu n’adagyaw. Ɔno ankasa gu ahome, na wadan n’ani. N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm! Ɔhohiafo no ateɛ ne nsa n’afɛfɛde nyinaa so, na wahu amanaman mpo, sɛ wɔrefow ne kronkronbea hɔ ade, nnipa a wohyɛe sɛ wɔnnhyɛn w’asafo mu no. Ne nkurɔfo nyinaa gu ahome rehwehwɛ aduan. Wɔde wɔn agyapade ma gye aduan de hyɛ wɔn ho den. AWURADE, hwɛ na hu, sɛ madan ohuhuni! So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na munhu, sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a wɔde aba me so yi a AWURADE de ahow me werɛ n’abufuhyew da no! Wama ogya fi soro aduru me nnompe mu, na edidi mu; wasum m’anan afiri, wama masan m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ gorɔw daa adesae. Ɔde ne nsa akyekyere me mmaratode ayɛ no kɔndua; ɛtoatoa mu gu me kɔn mu, wama m’ahoɔden atu, AWURADE ayi me ahyɛ wɔn a mintumi minnyina wɔn anim no nsa. AWURADE atow m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu; ɔfrɛɛ nnipa ma wohyiaa mu hyɛɛ me, sɛ wɔnnwerɛw me mmerante; AWURADE atiatia Yuda babea so sɛ wotiatia nsa-kyi-amoa mu. Eyinom nti na misu; m’aniwam kyi nusu; na me werɛkyekyefo a obedwudwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, efisɛ ɔtamfo no adi nim. Sion atrɛw ne nsam: Onni ɔwerɛkyekyefo bi; AWURADE ahyɛ Yakob sɛ, ne mfɛfo a atwa ne ho ahyia nyɛ n’atamfo; Yerusalem adan afide wɔ wɔn ntam. Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu. Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔdaadaa me; m’asɔfo ne me mpanyimfo repɛ aduan de ahyɛ wɔn ho den no, wɔtotɔɔ beraw kuro no mu. AWURADE hwɛ m’awerɛhow yi! M’ayamde kyinkyim; me koma adan me yam; efisɛ matew atua kɛse, afoa twitwa me mma abɔnten so, na owu nso wɔ fie. Wɔtee sɛ meresi apini; minni ɔwerɛkyekyefo bi; m’atamfo nyinaa ate m’amane; wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me. Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim, na yɛ wɔn sɛnea me mmaratode nyinaa nti woyɛɛ me no; na m’apinisi adɔɔso, na me koma agurow. Ao, Awurade de omununkum akata Sion babea ho, n’abufuw mu dɛn ara! Wafi ɔsoro atow Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiaso n’abufuw da no. Awurade amene Yakob tenabea nyinaa, wankyɛe so; wadwiriw Yuda babea aban a ɛyɛ den, n’anibere mu, wama aka fam; wahura n’ahenni ne ne mmapɔmma ho. Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyew mu, wapono ne nifa ato n’akyi afi ɔtamfo anim, na ɔdɛwee Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhyew hyia. Wakuntun ne ta mu sɛ ɔtamfo, wagyina ateɛ ne nifa sɛ ɔhohiafo, na wakunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyew sɛ ogya agu Sion babea ntamadan so. Awurade adan sɛ ɔtamfo; wamene Israel, wamene n’aban afɛfɛ nyinaa; wasɛe n’aban a ɛyɛ den no, na wama Yuda babea nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ adɔɔso. Wabu ne sese no agu sɛ turo mu de, wasɛe ne ntamadan; AWURADE ama werɛ afi Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuw mu awerɛhow mu wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa. AWURADE atow n’afɔremuka akyene, wapa ne kronkronbea; ɔde n’aban afɛfɛ afasu ahyɛ ɔtamfo nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fi, sɛ afahyɛ da no. AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu; ɔde susuhama too ho. Wampono ne nsa amfi ne sɛe ho, wama pempe ne afasu di nkɔmmɔ, ne nyinaa agurogurow. N’aponkɛse amem kɔ fam, akyiri adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, akwankyerɛ nni hɔ bio, n’adiyifo nhu AWURADE hɔ ani so ade. Sion babea mpanyimfo tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔte agugu wɔn atifi, wɔafurafura ayitam; Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase. Nusu ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamde kyinkyim, me mmerɛbo ahwie agu fam, me man babea sɛe nti, abotafowa ne akokoaa totɔ piti, kurow no mmorɔn so. Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburow ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ beraw sɛ atɔfo, kurow no mmorɔn so, na wogyaagyaa mu wɔn nanom kokom. Dɛn adanse na minni wo, dɛn na memfa mento wo ho, O Yerusalem babea? Dɛn na memma ɛne wo nsɛ, na mede makyekye wo werɛ, O ɔbaabun, Sion babea? Wo yaw so sɛ ɛpo; hena na obetumi asa wo yare? Atoro ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo, na wɔanyi w’amumɔyɛ no so sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba; na atoro ne nsɛm a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo. Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔbɔ hwirema wosow wɔn ti gu Yerusalem babea so ka sɛ: So kurow a wɔfrɛ no Ahoɔfɛ a ewie fɛyɛ, asase nyinaa ahosan no ni? W’atamfo nyinaa tɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ wo; wohinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛamene no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara ni! Yɛanya, yɛn ani ahu! AWURADE ayɛ nea osusuwii; wama n’asɛm abam pɛ, n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no; wadwiriw, na wankyɛe so, na wama ɔtamfo ani agye wo ho, wama w’ahohiafo abɛn so. Ma wo nne so, ma wo koma nsu frɛ Awurade; Sion babea fasu, ma nusu nsen sɛ asuten awia ne anadwo; mpɛ ɔhome bi nhome, mma wo kurutiayisi nnyɛ komm. Sɔre bɔ abubuw anadwo, adasu mfiase; hwie wo koma gu sɛ nsu, Awurade anim; wo mmotafowa kra nti ma wo nsa so kyerɛ no, na ɔkɔm ama wɔatotɔ piti, mmorɔn nyinaa ti! AWURADE, hwɛ, na hu ɛ! Hena na woayɛ no sɛɛ yi? So mmea nwe wɔn yafumma, mmotafowa a wotuturu wɔn no? So wonkum ɔsɔfo ne odiyifo, Awurade kronkronbea hɔ anaa? Mmofra ne nkwakoraa deda fam mmorɔn so; me mmabaa ne me mmerante atotɔ afoa ano. Woasɛe wɔn w’abufuw da no, woakum na woankyɛe so. Woafrɛ m’ahude afi afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuw da no, obi amfi mu amfi na obi anka; wɔn a mituruu wɔn na meyɛn wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn. Mene ɔbarima a wahu amane, wɔ n’anibere abaa no ano! Waka me de me akɔ sum mu, nea hann nni; me nko so na ɔdan ne nsa ba, dan ba, daa adesae. Wama me honam ne me were ayɛ afo, wabubu me nnompe. Wato fasu afa me ho, na ɔde bɔre ne brɛ atwa me ho ahyia; ɔde me atena sum mu, sɛ tete bemee awufo. Wabɔ me ho ban, na mintumi mimfi adi, wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru; mpo sɛ meteɛm na misu mefrɛ no a, osiw me mpaebɔ kwan; ɔde abo a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasu, wakyeakyea m’akwan. Ɔyɛ osisi a ɔtɛw me, ne gyata a wahintaw; watwe me afi m’akwan so, na watetew me mu, wayɛ me pasaa. Wakuntun ne ta mu na ɔde me asi hɔ sɛ botae ama agyan; wama ne kotoku mu agyan ahyɛn m’asaabo mu. Mayɛ me man nyinaa asereserede ne wɔn dwom daa adesae. Wama ade nwenenwene ara nko amee me, wama awɔnwene abow me. Ɔde me se awe mmosea, wabrɛ me ase ahyɛ nso mu. Woasum me kra afi asomdwoe ho, me werɛ afi sɛnea ahotɔ te, na mise: M’anidaso ne nea mehwɛ AWURADE kwan wɔ ho no ayera! Mekae m’amane ne m’ahometew a, ɛyɛ awɔnwene ne bɔre nko! Me kra kae daa, na abrɛ ase me mu. Mede eyi mehyɛ me koma mu, eyi so na mɛtwɛn ara: Ɛyɛ AWURADE adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ, na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ: Ɛyɛ foforo daa anɔpa; wo nokwaredi dɔɔso. Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da no so ara. AWURADE ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no. Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagye; eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerantebere mu. Sɛ ɔde to no so a, ma ne nko ntena ase, na ɔnyɛ komm; ma ɔmfa n’ano mmutuw dɔte mu, ebia anidaso bi wɔ hɔ; ma ɔmfa n’afono mma nea ɔbɔ no, ma ahohora mmee no. Na Awurade rentow nkyene daa; na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhow mpo a, ne yam hyehye no ara, sɛ n’adɔeyɛ dodow no te; efisɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yaw anaa ɔbɛhaw nnipa mma. Asase so nneduafo nyinaa, ne nan ase na ɔpɛtɛw wɔn, obi bu obi atɛnkyew a ɛwɔ ɔsorosoroni no anim, sɛ obi dan onipa asɛm ani a: So AWURADE nhu anaa? Hena na ɔka na ɛba mu, bere a Awurade nhyɛe ɛ? So ɛnyɛ ɔsorosoroni no anom na mmusu ne papa fi? Adɛn na onipa a ɔte ase di asotwe ho nkɔmmɔ, ɛfa ne bɔne ho? Momma yɛmpɛepɛe yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsan mmra AWURADE nkyɛn. Momma yɛmmoma yɛn koma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn ɔsoro. Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua, wo nso woamfa amfiri. Wode abufuw kataa wo ho, na wutiw yɛn, woakum, woankyɛe so. Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu wo nkyɛn. Wode yɛn ayɛ nwura dodow ne akyide, aman no mfinimfini. Yɛn atamfo nyinaa ahanhan wɔn anom ahyɛ yɛn. Ehu ne oku, ɔsɛe ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ. M’aniwa sen nsu sɛ asuten, me man babea pasaayɛ ho. M’aniwa kyi nsu, na ennyae, ennya atwaye, kosi sɛ AWURADE besi ne ti ase afi soro ahwɛ. M’aniwa hyɛ me awerɛhow, me kurow mmabea nyinaa nti. M’atamfo taa me kwa sɛ anomaa. Wɔtow me kyenee abura mu anikan, na wosiw me abo; nsu bu kataa me ti so; na mise: Wɔatwa me akyene. Mifi abura ase tɔnn meteɛɛm mefrɛɛ wo din, AWURADE. Wutiee me nne, nsiw w’aso m’ahomegu ne me sufrɛ ho. Wutwiw bɛnee, da a mefrɛɛ wo no; wokae sɛ: Nsuro! O Awurade, woadi me kra asɛm ama me; woagye me nkwa! AWURADE, woahu asɛmmɔne a wodii me; bu atɛn ma me! Woahu wɔn aweretɔ no nyinaa, wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa. AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa, wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa! Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ano, ne wɔn adwene a wodwen me ho daa adesae, hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔre ɛ! Me ara mene wɔn dwom. AWURADE hyɛ wɔn ananmu, sɛ wɔn nsa ano nneyɛe te. Ma nkataso nkata wɔn koma so, na wo nnome mmra wɔn so. Tiw wɔn, abufuw mu, na sɛe wɔn fi wo AWURADE soro ase. Ao, sɛ sika abiri tumm, sɛɛ na sika kɔkɔɔ pa a ɛhyerɛn no asakra ni! Wɔatotow kronkronbea abo no agu mmorɔn nyinaa so. Sion mma a wɔn bo yɛ den a wɔde amapa kari wɔn no, esii dɛn na wobuu wɔn sɛ dɔte nkuku, ɔnwemfo nsa ano adwuma yi? Sakraman po twetwe wɔn nufu ma wɔn mma num; nanso me nkurɔfo adan atirimmɔdenfo te sɛ nsohori wɔ sare so. Osukɔm ma akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu, mmotafowa srɛ abodoo, obi nni hɔ a obu bi ma wɔn. Wɔn a wodii adɔkɔdɔkɔde no ayɛ pasaa, mmorɔn so; wɔn a wɔyɛn wɔn atankɔkɔɔ so no yɛ sumina atuu. Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no. N’ahotuafo ho tew sen sukyerɛma, fitaa nso sen nufusu; wɔn honam bere sen ntwoma, wɔn nipadua te sɛ hoabo. Afei de, wɔn anim biri sen gyabiriw, wohu wɔn mmorɔn so a, wonhu wɔn; wɔn were afomfam wɔn nnompe ho, akyen kyenkyenenn ayɛ sɛ dua. Wɔn a wɔtotɔ afoa ano no de ye sen wɔn a wɔtotɔ ɔkɔm ano a afuw mu nnɔbae a abɔ wɔn nti wokisa hyew no. Mmea a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduan, me man babea sɛe no mu. AWURADE ayi n’abufuhyew no adi, wahwie n’abufuw a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya, ma ahyew ne nnyinaso. Asase so ahene ne wiasefo nyinaa annye anni, sɛ ɔhohiafo ne ɔtamfo bɛba abɛhyɛn Yerusalem apon mu. N’adiyifo bɔne, n’asɔfo amumɔyɛ nti na ɛbae saa; emu na wohwiee treneefo mogya gui. Wɔkeka sɛ anifuraefo, mmorɔn so, wɔde mogya agugu wɔn ho fi a enti wontumi nka wɔn ntade. Wɔteɛɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: Momman! Mo a mo ho akum! Momman, momman, mommfa mo nsa nnka! Woguanee, wokokyinkyinii, wɔkae amanaman mu sɛ: Wɔrenkɔ so ntena ha bio! AWURADE abufuw apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfo anim, mpanyin anim amma onyam. Yɛn ani da so rehwɛ yɛn boa huhuw kwan, yɛn ahwɛe hɔ na yɛhwɛ ɔman a wontumi nnye yɛn nkwa no kwan ara. Wɔtoaa yɛn anammɔn, na yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei abɛn, yɛn nna ahi; yiw, yɛn awiei adu! Yɛn atiwfo ho yɛ hare sen ɔsoro akɔre; wotiw yɛn hyerebahyereba mmepɔw so, wɔtetɛw yɛn sare so. Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu. Ma wo ho nsan wo na w’ani nnye, Edom babea a wote Us asase so no; wo nso so na amanehunu no rebetwam aba, wobɛbow na w’adagyaw so ada hɔ. Sion babea, w’amumɔyɛ so akatua asa! Ɔremma wonkɔ so ntena otukɔ mu; nanso Edom babea, ɔbɛba abetua w’amumɔyɛ so ka, na obeyi wo bɔne adi! AWURADE, kae nea aba yɛn so, hwɛ na hu yɛn ahohora! Yɛn agyapade adan ahɔho de, yɛn afi ayɛ ananafo de; yɛadannan nyisaa ne nnyanka, yɛn nanom te sɛ akunafo. Nsu a yɛnom no, ɛsɛ sɛ yetua ka; yɛn nnyina, wɔtɔn ma yɛn. Wokura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ; yɛbrɛ, wɔmma yennya ahomeye. Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria, na yɛanya aduan adi amee. Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wonni hɔ; na yɛn na yɛso wɔn amumɔyɛ. Nkoa di yɛn so, nea ɔbɛgye yɛn afi wɔn nsam nni hɔ. Yɛn kra da yɛn nsam na yɛkɔpɛ yɛn aduan, efisɛ afoa wɔ sare so. Yɛn were ayɛ hyerehyere sɛ ɔfononoo, sɛ ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti. Wɔhyɛ Sion mmea ne wɔn da, Yuda nkurow mu mmabaa, nyinaa. Wɔde wɔn nsa sensɛn mmapɔmma, wonni mpanyin anim ni; wɔma mmerante yam awiyammo so, na mmofra hwehwe ase, nnyina ase; mpanyimfo agyae kurow apon mu ba, mmerante agyae wɔn sankubɔ. Yɛn koma ahosan agyae, yɛn asaw adan nkɔmmɔdi. Yɛn abotiri ayi atɔ fam; yɛn ara yennue, na yɛayɛ bɔne. Eyi nti na yɛn koma agurow, eyinom nti na yɛn ani so ayɛ kusuu. Sion bepɔw a ayɛ amamfo nti, sakraman nenam so. Wo AWURADE, wote hɔ daa, w’agua tim hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu. Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn ma ɛkyɛ saa, na woagyaw yɛn dedaadaw yi? AWURADE, san yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsan, ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete de no. Anaasɛ ɔpa na woapa yɛn koraa, so wo bo afuw yɛn mmoroso? Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade. Ɔsram no da a ɛto so anum, ɔhene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so anum mu no, AWURADE asɛm baa Busi ba ɔsɔfo Hesekiel nkyɛn, Kaldeafo asase so, asu Kebar ho, na ɛhɔ AWURADE nsa baa no so. Na mihui, na hwɛ, ahum bi tu fi atifi fam bae, omununkum kɛse ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia na efi mfinimfini, te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ogya no mfinimfini. Na emu wɔ ateasefo baanan sɛso bi, na sɛ wɔn su te ni: Wɔwɔ onipa suban; na wɔwowɔ anim anan anan, na wɔn mu biara wɔ ntaban anan anan; na wɔn anan yɛ nan turodoturodoo, na wɔn anan ase te sɛ nantwi ba nan ase, na ɛho hyerɛn sɛ kɔbere a wɔatorom ho hyɛrɛnhyɛrɛn. Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afanan, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ: Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnannan wɔn ho wɔn nantew mu, wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee. Na wɔn anim suban no sɛ ɛte ni: Wɔn baanan no mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwi anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ ɔkɔre anim wɔ wɔn akyi; na wɔn anim ne wɔn ntaban no mu apaapae soro fam; wɔn ntaban abien abien sisi anim, na abien abien katakata wɔn nipadua ho; na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, nea honhom no rekɔ hɔ na wɔkɔ, wɔn nantew mu wɔnnannan wɔn ho. Na ateasefo no suban no, ne su te sɛ nnyansramma a ɛdɛw, sɛ agyatɛn; ɛno na ɛnenam ateasefo no ntam, na ogya no hyerɛn, na anyinam fi ogya no mu; na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam. Na mehwɛɛ ateasefo no, na hwɛ, nkyimii biako si asase so, ateasefo no nkyɛn mu a n’anim yɛ anan; nkyimii no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikabereɛbo ani, na anan no kura suban koro, na ne su ne ne yɛbea te sɛnea nkyimii biako bea biako mu; sɛ ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu; na ne hankare korɔn ma ɛyɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankare no ho amaama atwa anan no nyinaa ho ahyia. Na sɛ ateasefo no nantew a, nkyimii no nso siane wɔn, na sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a, na nkyimii no nso ama ne ho so; baabiara a honhom no dan kɔ no, wɔkɔ; nea honhom no rekɔ ara na nkyimii no momaa ne ho so, wɔn nkyɛn mu, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ nkyimii no mu; wɔnantew a, ɛnantew, na wogyina a, ɛno nso gyina, na wɔma wɔn ho so fi fam a, nkyimii no nso moma ne ho so wɔn nkyɛn mu, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ nkyimii no mu. Na biribi wɔ ateasefo no atifi te sɛ ntrɛwmu a ɛte sɛ ahwehwɛbo a ɛyɛ nwonwa ani a wɔatrɛw mu akatakata wɔn atifi wɔ soro. Na wɔn ntaban teɛ tee sisi anim, ntrɛwmu no ase, na abien abien nso katakata eyinom ne eyinom nipadua ho. Na wɔnantew a, mete wɔn ntaban no gyigye sɛ asu bebree nnyigyei, sɛ Otumfo no nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ dɔm nne; sɛ wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu; na ɛnne fi ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu. Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro. Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia; sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa. Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa m’anan so, na mitiee nea ɔne me kasae no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi. Na mma no yɛ anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma; me na meresoma wo wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Na sɛ wotie oo, wɔantie oo, efisɛ abusua asowuifo ne wɔn, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu. Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo. Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ asowuifo. Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo. Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu. Na ɔtrɛw mu, m’anim, na wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔakyerɛw mu kwadwom ne apinisi ne osu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi. Ɛnna mibuee m’anom, na ɔma midii nhoma mmobɔwee no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn. Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru nkyɛn na wɔasoma wo, na mmom Israel fi nkyɛn; ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesoma wo a, anka wɔn de, wobetie wo. Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim. Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den ahyɛ wɔn moma so. Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie, na sim kɔ atukɔfo, wo man mma no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wotie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ; ne ateasefo no ntaban a etwitwiw mu no nne, ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosow kɛse nne. Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den. Na mebaa Tel-abib atukɔfo a wɔtete asu Kebar ho no nkyɛn ne nea wɔte hɔ no, na metenaa hɔ nnansɔn, na me ho dwiriw me wɔ wɔn mu. Na nnansɔn twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me. Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnne ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam. Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woagye wo kra. Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee mu na ɔyɛ abusude a, mede hintidua mɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, obewu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetrenee a ɔyɛe no; na ne mogya de, wo nsam na mebisa. Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na obenya, efisɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woagye wo kra. Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre fi adi kɔ obon no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ. Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam. Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi. Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhama begu wo so de akyere wo, na woremfi wɔn mu mfi adi. Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi. Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ma ɔtefo nte, na ogyaefo nnyae; na wɔyɛ asowui fi. Na wo, onipa ba, fa ntayaa to w’anim, na kurukyerɛw so kurow a ɛne Yerusalem, na ka no hyɛ mu, na to aban hyɛ ho, na gu ho mpempe, na bɔ ho nsra hyia, na fa ɔfasu bu adwennini sisi ho hyia. Na wo nso, fa dade asanka, na fa yɛ dade fasu, wo ne kurow no ntam, na dan w’ani kyerɛ no, na enni kamu, na tua no; ɛno nyɛ sɛnkyerɛnne mma Israel fi. Na wo de, da wo benkum so, na fa Israel fi amumɔyɛ to so; nna dodow a woda so no na wobɛsoa wɔn amumɔyɛ. Na me de, mede wɔn amumɔyɛ mfe no mayɛ nna dodow mama wo, nna ahasa aduakron na wobɛsoa Israel fi amumɔyɛ no. Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro. Na dan w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyem no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu no so. Na hwɛ, mede nhama megu wo so, na woantwa dafa amfi wo mfe so, ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akosi sɛ wubewie wo nkahyem nna no ansa. Na wo de, fa awi ne atoko ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburow hyɛ ade biako mu fa, na fa yɛ w’aduan di nna dodow a wode bɛda wo mfe so no, ɛne nna ahasa aduakron; na w’aduan a wubedi no, kari, nnwetɛbona aduonu da koro na di no nna nna. Na nsu nso susuw na nom, susutoa nkyemu asia mu biako, na nom no nna nna. Na di no atoko fam a wode kyerebo a efi onipa mu atoto, wɔn anim. Na AWURADE kae sɛ: Saa ara na Israelfo bedi wɔn aduan a ɛho akum, amanaman a mesum wɔn makɔ hɔ no mu. Ɛnna mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii ɛ, na ade a atɔ anaasɛ wɔatetew mu nso, minnii bi da, fi me mmofraase bedu sesɛɛ, nanso nam a wokyi bi nkɔɔ m’anom pɛn ɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwi bin masi onipa kyerebo ananmu ama wo, na woato w’abodoo wɔ so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, brodoto begyae wɔ Yerusalem, na wɔadi brodo nkarii so, ne nkɔmmɔdi mu, na nsu nso wɔanom no nsusuwii ne ahodwiriw so, na brodo ne nsu ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiriw wɔn, onipa ne ne nua, na wɔatetew, wɔn amumɔyɛ mu. Na wo, onipa ba, fa nkrante nnamnnam, na fa yɛ ayifo yiwan, na fa yi w’atifi ne wo bogyesɛ, na fa nsenia nkoraa bu mu. Nkyemu abiɛsa mu biako, fa ogya hyew, kurow no mfinimfini, bere a nkahyem nna no awie du no, na fa nkyemu abiɛsa mu biako nso fa afoa bobɔ ho hyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrante madi akyi. Na fa emu kakraa a ne dodow sua kyekyere w’atade ano. Na fa emu bi bio na tow gu ogya mu fa ogya hyew; ɛno mu na ogya befi aba Israel fi nyinaa. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yerusalem yi, mede no masi amanaman ntam, na nsaase atwa ne ho ahyia. Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ mudii asɛmmɔne sen amanaman a wotwa mo ho hyia, na moannantew m’ahyɛde mu, na moanyɛ m’atemmude, na moanyɛ sɛ amanaman a wotwa mo ho hyia no atemmude po no, ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mebu wo mu atɛn, amanaman no anim. Na mɛyɛ wo nea menyɛe da na merenyɛ ne sɛso bio, w’akyide nyinaa nti. Enti wo mu na agyanom bedi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkae nyinaa mapete mframa nyinaa mu. Enti sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ wode w’atantanne nyinaa ne w’akyide nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’aniwa renkyɛe wo so, na me nso merenhu mmɔbɔ. Wo mu nkyemu abiɛsa mu biako bewuwu owuyare ano, na ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn wo mu, nkyemu abiɛsa mu biako bɛtotɔ nkrante ano atwa wo ho ahyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi. Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu. Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wotwam nyinaa anim. Na wobɛyɛ ahohora ne ɔyaw, asotwe ne ahodwiriw ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛbere a mebu wo mu atɛn, abufuw ne anibere ne anibere animka mu no, me AWURADE na maka; ɛbere nso a mede ɔkɔm agyammɔne mɛtotow wɔn ma ɔsɛe aba no a mɛtotow sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɔkɔm adɔɔ mo so so, na mabu mo abodoo dua. Na mɛma ɔkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasigyaw, na owuyare ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrante mɛba wo so; me, AWURADE, na maka. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn, na ka sɛ: Mo Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon ni: Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na mo afɔremuka adan afo, na wɔabubu mo wia adum no, na mama mo atɔfo agugu mo abosom ahoni anim, na mede Israelfo afunu magu wɔn abosom ahoni anim, na mabɔ mo nnompe mapete mo afɔremuka ho ahyia. Mo tenabea nyinaa nkurow bɛdan amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afo ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no. Na atɔfo bɛhwehwe ase mo mu, na moahu sɛ mene AWURADE. Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no. Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho; na wobehu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fi akyide bɔne nyinaa nti wonnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano. Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so. Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfo bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔw atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum kusukusuu nyinaa ase, nea wɔhyew hɔ aduhuam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no. Na mɛteɛ me nsa mahyɛ wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde asen Ribla sare so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Israel asase ni: Awiei no, awiei aba na ɛreba asase no ntwea anan so. Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so. Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma aba wo so, na w’akyide atena wo mu, na moahu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adebɔne, adebɔne biako bi, hwɛ, ɛreba! Awie no reba, awie no reba, awiei no reba wo so, hwɛ, ɛreba! Asase no sotefo, nea wɔanyɛ no reba wo so; ɛbere no aba, ɛda no abɛn, hooyɛ, na ɛnyɛ mmepɔw so anigye huro. Afei ɛrenkyɛ na mehwie m’abufuhyew agu wo so, na mede m’abufuw aba wo so, na mabu w’akwan no atɛn, na mede w’akyide nyinaa agu wo so. Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ; w’akwan so ade na mede mɛma wo, na w’akyide atena wo mu. Na moahu sɛ me, AWURADE na mebobɔ. Hwɛ, ɛda no ni, hwɛ, ɛreba; nea wɔahyɛ no refifi, abaa no fefɛw, ahantan no ahanhan; Anuɔden asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa, wɔn ne wɔn asafo yuu ne wɔn ahonyade mu hwee renka, na yiye bi nni wɔn mu. Ɛbere no aba, ɛda no redu; mma ɔdetɔfo ani nnnye, na ɔdetɔnfo nnni nkɔmmɔ, na abufuhyew no aba n’asafo yuu nyinaa so. Na ɔdetɔnfo, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensan mma nea watɔn no ho, na adehu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensan, na obiara remfa n’amumɔyɛ nhyɛ ne nkwa mu den. Wɔhyɛn torobɛnto na wosiesie ade nyinaa de, nanso nea ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibere ba n’asafo yuu nyinaa so. Nkrante wɔ mfikyiri, na owuyare ne ɔkɔm wɔ ofie; nea ɔwɔ wuram bewu nkrante ano, na nea ɔwɔ kurow mu no, ɔkɔm ne owuyare bekum no. Na wɔn mu aguanfo fi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔw so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ abon mu mmorɔnoma a wosisi apini, obiara n’amumɔyɛ ho. Nsa nyinaa mu gugow, na anankoroma nyinaa ayɛ sɛ nsu. Na wobefurafura ayitam, na awɔse gu wɔn so; na aniwu wɔ ani nyinaa mu, na wɔn nyinaa ti bɛpa. Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi; Wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn. AWURADE anibere da no, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamde mama, efisɛ ɛyɛɛ wɔn amumɔyɛ ho hintidua; na n’ahokekade fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyide mfonini, wɔn atantanne no, ɛno nti na mɛma adan wɔn fi, na mede mɛhyɛ ananafo nsa, na wɔafom, ne asase so abɔnefo nsa, na ayɛ wɔn asade, na wɔahura ho. Na mɛdan m’ani afi wɔn so, na wɔahura m’akorade ho, na adwowtwafo bɛhyɛn mu ahura ho. Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no: Na mogya ho atemmu ayɛ asase no ma, na atirimmɔden ahyɛ kurow no ma; enti mede amanaman nnipa bɔne mɛba, na wɔabɛfa wɔn afi adi, na metwa ahoɔdenfo ahantan to ma wɔagu wɔn akronkronne ho fi. Ɔsɛe reba; na wɔhwehwɛ asomdwoe, nso ebi nni hɔ. Abu pae abu so, akwansosɛm pae akwansosɛm so; na wɔhwehwɛ odiyifo hɔ adehu, na mmara bɔ ɔsɔfo, na afotu bɔ mpanyimfo. Ɔhene di nkɔmmɔ, na ɔbirɛmpɔn ho adwiriw no, na asase no so nnipa abasam atu. Wɔn akwan so ade na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmude na mede mebu wɔn atɛn, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na afe a ɛto so asia, ɔsram a ɛto so asia, da a ɛto so anum a mete me fi na Yuda mpanyimfo tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ. Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani. Na oyii biribi a ɛte sɛ nsa sɛso, na osoo m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Onyankopɔn anisoadehu no mu, de me baa emu fam ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, nea ninkuntwe honi bi a eyi ninkunu si hɔ. Na hwɛ, Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ hɔ sɛ ade a mihui, obon no mu no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so mekɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔremuka ponkɛse no atifi fam na ninkuntwe honi no si abobow ano. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsan ahu akyide akɛse bio. Na ɔde me baa abangua so pon ano, na mehwɛe, na hwɛ, tokuru biako wɔ ɔfasu no mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, funu fasu no mu ɛ! Na mifunuu ɔfasu no mu, na hwɛ, ɔpon bi ni. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛn mu kɔhwɛ akyide bɔne a wɔreyɛ wɔ ha. Ɛnna mehyɛn mu mekɔhwɛe, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wokyi nyinaa ne Israel fi abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu no ho ahyia yi. Na mmarima aduɔsɔn a wofi Israel fi mpanyimfo mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhuamhyew kuku kurakura wɔn nsam, na aduhuamhyew wusiw hua sɔree. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea Israel fi mpanyimfo reyɛ esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmiako mmiako? Efisɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agyaw asase no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsan ahu akyide akɛse a wɔreyɛ bio. Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na mmea tetee resu Tamus. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? Wobɛsan ahu akyide akɛse a ɛsen eyinom bio. Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi mu fam abangua so, na hwɛ, AWURADE asɔredan no, ntwironoo ne afɔremuka no ntam no, mmarima aduonu anum a wɔn akyi kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔkotow kyerɛ apuei resɔre owia ni. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? So ɛyɛ hare ma Yuda fi sɛ wɔyɛ akyide a wɔyɛ ɛha yi, sɛ wɔde atirimɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasan abehuru me bo? Na hwɛ, wɔde dubaa no ka wɔn hwene. Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn. Na ɔde nne kɛse teɛɛm m’asom sɛ: Ma kurow no so ahwɛfo ntwiw mmɛn, na obiara mfa n’akode a ɔde sɛe ade nkura ne nsam. Na hwɛ, mmarima baasia fi atifi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, na wɔn dwerɛw nnade kurakura wɔn nsam, na ɔbarima biako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen, na wɔbaa mu begyinaa kɔbere afɔremuka no ho. Na Israel Nyankopɔn anuonyam no fii Kerub a ɛwɔ so no so baa ɔdan no pon ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no, na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa moma so agyirae. Na wɔn a wɔaka no, ɔka kyerɛɛ wɔn m’asom sɛ: Munkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum; mommma mo aniwa nnkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ. Nkwakoraa, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, munkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no; na me kronkronbea hɔ na mumfi ase. Ɛnna wofii ase, mpanyimfo a wɔwɔ ofi no anim no so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhura ofi no ho, na momfa atɔfo nhyehyɛ abangua no so amaama; mumfi adi! Na wofii adi kokunkumii kurow no mu. Na wokunkumii no, ɛkaa me nko; na mede m’anim mibutuw fam, na meteɛɛm sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, so woresɛe Israel nkae no nyinaa, w’abufuhyew a wuhwie gu Yerusalem so no mu anaa? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu. Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi. Na hwɛ, ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no de asɛm san bae sɛ: Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no. Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso. Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so. Na ɔkɔɔ mu m’anim. Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɔdan no nifa so, na omununkum no ayɛ emu fam abangua no so ma. Ɛnna AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii Kerub no so kɔɔ ɔdan no apongua atifi, na omununkum no hyɛɛ ɔdan no ma, na AWURADE anuonyam hyerɛn hyɛɛ abangua no so ma. Na wɔtee Kerubim no ntaban mu gyigye no kosii ɛho fam abangua no so, sɛ Onyankopɔn Tumfo a ɔrekasa no nne. Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Fa ogya fi nkyimii no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kogyinaa nkyimii no ho. Na Kerub no teɛɛ ne nsa fii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu nea ɔhyɛ nwera no nsam, na ogyei de fii adi. Na wohuu onipa nsa sɛso, Kerubim no ho, wɔn ntaban ase. Na mihui, na hwɛ, nkyimii anan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimii biako wowɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimii no ani te sɛ sikaberebo ani. Na anan no nyinaa suban yɛ su koro, te sɛnea nkyimii hyɛ nkyimii mu. Ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu, na nea eti no hwɛ no, edi akyiri sa; ɛnnan ne nantew mu; na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimii no, aniwa ayeyɛ ɛho amaama atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimii. Nkyimii no, m’asom na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia mframa. Na wɔwowɔ anim anan anan; nea odi kan no anim yɛ Kerub no de, na nea otia abien no anim yɛ onipa anim, na nea ɔto so abiɛsa no de yɛ gyata anim, na nea ɔto so anan no de yɛ ɔkɔre anim. Na Kerubim no momaa wɔn ho so. Ɛne ɔteasefo a mihuu no asu Kebar ho no. Na Kerubim no nantew a, nkyimii no siane wɔn; na Kerubim no moma wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afi asase so a, nkyimii no nso nnan mfi wɔn nkyɛn mu; sɛ wogyina a, ɛnonom nso gyina, na sɛ wɔmoma wɔn ho so a, ɛnonom nso moma ne ho so, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ mu. Ɛnna AWURADE anuonyam fii ɔdan no pon ano kogyinaa Kerub no so; na Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na wɔmomaa wɔn ho so fii asase so, m’anim, sɛ wɔrefi adi, na nkyimii no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wokogyinaa AWURADE fi apuei fam ponkɛse no ano, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro. Ɛne ɔteasefo a mihuu no Israel Nyankopɔn ase, asu Kebar ho no, na mihui sɛ ɛyɛ Kerubim. Obiara wɔ anim anan anan, na obiara wɔ ntaban anan anan, na onipa nsa sɛso wowɔ wɔn ntaban no ase. Na wɔn anim sɛso ne anim a mihui, asu Kebar ho no, wɔn su ne wɔn ban nyinaa; wɔn nyinaa nantew kɔ wɔn anim tee. Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fi no apuei fam ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no ano; na hwɛ, mmarima aduonu anum gyina ɔponkɛse no ano, na mihuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu; wose: Bere a wɔde sisi adan nnui; kurow yi ne dadesɛn no, na yɛne nam no. Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba! Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim. Moama mo atɔfo adɔɔso kurow yi mu, na mode atɔfo ahyehyɛ emu mmorɔn amaama. Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mo atɔfo a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kurow no ne dadesɛn no, na mo de, wobeyi mo afi mu. Nkrante na musuro, nso nkrante ara na mede mɛba mo so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na meyi mo afi mu, na mede mo mahyɛ ananafo nsa, na mebu mo mu atɛn. Nkrante ano na mobɛtotɔ, Israel hye so na mebu mo atɛn, na moahu sɛ mene AWURADE. Kurow no renyɛ mo dadesɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hye so na mebu mo atɛn, na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii. Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim mibutuw fam mede nne kɛse misuu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, owie na worewie Israel nkae koraa yi! Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom ne wo bogyafo ne Israel fi mu nyinaa na Yerusalemfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yenni so. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛboa mo ano afi aman mu, na matase mo afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so, na mede Israel asase no mama mo, na wɔaba hɔ abeyi emu atantanne nyinaa ne emu akyide nyinaa afi mu akɔ. Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma, na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Ɛnna Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na nkyimii no siane wɔn, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro; na AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii kurow no mu, na ekogyinaa bepɔw a ɛda kurow no anim no so. Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfo no nkyɛn, anisoadehu mu, Onyankopɔn honhom mu; na ade a mihui no fii me so kɔɔ soro. Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔma mihui no nyinaa mekyerɛɛ atukɔfo no. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wote asowui fi, nnipa a wɔwɔ aniwa a wɔde hu ade na wonhu na wɔwɔ aso a wɔde te na wɔnte mu; na asowui fi ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukɔ ade fa, na tu kɔ awia, wɔn anim, na tu fi w’afa kɔ baabi foforo, wɔn anim; ebia wobehu; na asowui fi ne wɔn. Na yi wo nneɛma fi adi sɛ otukɔ ade awia, wɔn anim, na wo ankasa de, fi adi anwummere, sɛ atukɔfo fi kɔ no. Tu ɔfasu mu fa, wɔn anim, na fa mu fi adi. Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi. Ɛnna meyɛɛ sa, sɛnea wɔhyɛɛ me no, miyii me nneɛma mifii adi sɛ otukɔ ade awia, na anwummere no mede me nsa mituu ɔfasu no mu, na anim remua no, mede mifii adi mebɔɔ akɔnkɔn, wɔn anim. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ: Onipa ba, so Israel fi, asowui fi no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Dɛn na woreyɛ yi? Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adesoa yi fa ɔberɛmpɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fi a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho. Ka sɛ: Mene mo sɛnkyerɛnne; sɛnea meyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn, otukɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkɔ. Na ɔberɛmpɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim remua no, adesoa bɛda ne kɔn ho na wafi adi; ɔfasu mu na wobetu sɛ wɔde no refa mu afi adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’aniwa anhu asase no. Na mede m’asawu megu no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, Kaldeafo asase so; na ɛno mpo ɔrenhu, na ɛhɔ na obewu. Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi. Na sɛ misunsum wɔn mekɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn mepete nsaase so a, wobehu sɛ mene AWURADE. Na megyaw wɔn mu nnipa kakraa bi afi nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano, nea ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyide no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa ahopopo di w’aduan, na fa ahowosow ne awerɛhow nom wo nsu; na ka kyerɛ asase no sofo no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka Yerusalemfo a wɔwɔ Israel asase so no ho ni: Wɔde awerɛhow na ebedi wɔn aduan, na wɔde ahodwiriw bɛnom wɔn nsu, esiane sɛ n’asase adan afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofo nyinaa mmusubɔ no nti. Na nkurow a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adan afo, na moahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehu nyinaa reyera? Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehu nyinaa asɛm abɛn. Na adehu hunu biara ne atoro nkɔmhyɛ bi rentena Israel fi bio. Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no na ɛbɛyɛ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio. O, asowui fi, mo bere so na mɛka asɛm na mayɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hwɛ, Israel fi ka sɛ: Adehu a ohu no bɛba nna bebree akyi, na ɛbere a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ. Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ara komam hyɛ nkɔm no sɛ: Muntie AWURADE asɛm. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wonnue, adiyifo nkwasea a wodi wɔn honhom akyi na wonhu hwee no. Israel, w’adiyifo ayɛ sɛ akurofo mu sakraman. Mommforoo nnkogyinaa ntokuru no mu, na munntwaa Israel fi ho ban, sɛ ebegyina akono, AWURADE da no. Ahuhude ne atoro nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm ni, no hu, nso na AWURADE nsomaa wɔn ɛ, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu. So ɛnyɛ ahuhude na muhu na atoro nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm ni, wɔ bere a menkasae ɛ? Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ moka ahuhusɛm na muhu atoro anisoade yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na me nsa bɛba adiyifo a wohu ahuhude na wɔhyɛ nkɔntoro no so: Wɔrentena me man bagua no mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israel fi din kyerɛw no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Efisɛ esiane sɛ wosisi me man ka sɛ: Asomdwoe, nanso asomdwoe nni hɔ, na ɔman no to fasu bi, na hwɛ, wɔn de, wɔde hyirew sra ho nti, ka kyerɛ wɔn a wɔde hyirew sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osu a ɛsram so bɛba na amparuwbo bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ. Na hwɛ, ɔfasu no bɛhwe ase. So wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na ɔsra a mosraa ho no wɔ? Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma kyinhyia mframa abɔ m’abufuhyew mu, na osu a ɛsram so aba m’abufuw mu, na amparuwbo aba anibere mu abewie. Na medwiriw fasu a mode hyirew sraa ho no agu ma aka fam na ne nnyinaso ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛw wɔ mu, na moahu sɛ mene AWURADE. Na mewie m’abufuhyew, ɔfasu ne wɔn a wɔde hyirew sraa ho no so, na maka makyerɛ mo sɛ: Ɔfasu no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio, Israel adiyifo a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wohuu asomdwoe ade maa no, nanso asomdwoe bi nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na wo, onipa ba, yi w’ani sa wo man mmabea a wofi wɔn komam hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, mo mmea a mopompam nkataho ma nsa akwaa nyinaa na mopam nnukuu ma ti horow nyinaa sɛ mode reyi akra. So muyi me man akra, na mo ankasa mo kra de, mugye no nkwa? Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa. Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne mo nkabere a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtetew afi mo basa ho na magyaa akra no, akra a muyi wɔn no, ama wɔatu akɔ sɛ nnomaa. Na mɛtetew mo nnukuu, na mayi me man afi mo nsam, na wɔantena mo nsam sɛ ahayɔde bio, na moahu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti, morenhu anisoade huhuw bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na meyi me man afi mo nsam, na moahu sɛ mene AWURADE. Na Israel mpanyimfo mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn? Enti kasa kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Obiara a ofi Israel fi a ɔde n’abosonhunu hyɛ ne komam na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so na ɔba odiyifo nkyɛn no, me, AWURADE, mebua no ho bi, n’abosonhunu no dodow so, na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho. Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monsan na monnan mo ho mfi mo abosonhunu no ho, na monnan mo ani mfi mo akyide no nyinaa ho. Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔasoɛ Israel mu ahɔho no mu, na ɔwae fi me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ ne koma mu, na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so, na ɔba odiyifo nkyɛn bebisa no me hɔ ade no, me, AWURADE ankasa, mebua wɔn. Na mɛma m’ani asa onipa no, na medwiriw no ma wayɛ sɛnkyerɛnne ne akasabebui, na matwa no afi me man mu, na moahu sɛ mene AWURADE. Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnne me, AWURADE, na madaadaa odiyifo ko no, na mɛteɛ me nsa wɔ no so asɛe no afi me man Israel mu, na wɔasoa wɔn amumɔyɛ no; sɛ ɔdebisafo no amumɔyɛ te no, sɛ odiyifo no amumɔyɛ bɛyɛ ne no, nea ɛbɛyɛ na Israel fi amfom kwan amfi m’akyi bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa anhura wɔn ho bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne, di afomfonsɛm bi, na meteɛ me nsa wɔ so na mibu n’abodoo dua mu, na mema ɔkɔm ba asase so na mitwa nnipa ne mmoa fi so, na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛw ɛsofo na ɛdan afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a, sɛ mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn; wɔn nko na wobegye wɔn, na asase no de, ɛbɛdan afo. Anaasɛ mede nkrante meba asase no so, na mise: Nkrante mfa asase no so, na mitwa nnipa ne mmoa fi so, na mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn, na wɔn nko na wobegye wɔn. Anaasɛ mema owuyare ba asase no so, na mihwie m’abufuhyew migu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afi so, na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔrennye wɔn babanin ne wɔn babea; na wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na menne sɛ mɛma m’atemmude bɔne anan, nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare, aba Yerusalem so de atwitwa nnipa ne mmoa afi mu. Nanso hwɛ, nnipa a wobefi mu afi bɛka wɔ mu, mmabanin ne mmabea, wɔde wɔn befi adi; hwɛ, wobefi adi aba mo nkyɛn, na moahu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe, na moakyekye mo werɛ, bɔne a mede mebaa Yerusalem so, ade a mede mebaa so no nyinaa ho. Na sɛ muhu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe a, wɔbɛkyekye mo werɛ: Na moahu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ ade a meyɛe wɔ mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa, obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no? So wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ bofunnua, sɛ wɔde ade biara bɛsɛn so? Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahyew. Sɛ ogya ahyew ano abien, na mfinimfini ahyew a, so ɛfata adwuma bi yɛ anaa? Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔmfa nyɛ hwee hwee, na menne sɛ ogya ahyew na ahyew dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛnea obobe dua te kwae mu nnua mu, a mede mema ogya ma ɛhyew no, saa na mede Yerusalemfo mɛma, na meyi m’ani masa wɔn; wofi ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhyew wɔn, na moahu sɛ mene AWURADE, m’ani a miyi mesa wɔn no mu; na mɛma asase no adan afo, efisɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ma Yerusalem nhu n’akyide no, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem ni: W’ase ne w’awo asase ne Kanaanfo asase, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini. Na w’awo mu de, da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntamawa ankyekyere wo; obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo eyinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtow wo kyenee sare ani too wo kra ho mpe, da a wɔwoo wo no. Ɛnna mibetwaa wo ho na mihuu wo, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa! Meyɛɛ wo dodow mpem huhaa sɛ wuram mfefɛwee, na wodɔe yɛɛ kɛse, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fuwii; nanso wonam adagyaw ne kwaterekwa. Na mebetwaa wo ho na mihuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo bere, ɔdɔ bere; na mede me ntaban metrɛw wo so, na mekataa w’adagyaw so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na woyɛɛ me de. Na mede nsu miguaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo; na mede atade a wɔadi mu adwinni mehyɛɛ wo, na mede sukraman nhoma mpaboa mehyɛɛ wo, na mede nwera pa mekyekyeree wo, na mede sedaa mekataa wo ho; na mede ahyehyɛde mehyehyɛɛ wo, na mede nkapo mehyehyɛɛ wo nsa, na mede ntweaban miguu wo kɔn mu, na mede dwinne mehyɛɛ wo hwene mu, na mede asomkaa mehyehyɛɛ wo, na mede abotiri fɛfɛ mebɔɔ wo. Na wode sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntade yɛ nwera pa ne sedaa ne nkyeremu; asikresam ne ɛwo ne ngo na wudii, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wudii yiye koduu ahenni mu. Na w’ahoɔfɛ nti wo din hyehye kɔɔ amanaman mu, efisɛ m’anuonyam a mede mehyɛɛ wo no ma ewiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ aguaman guu wo din so, na wuhwiee w’aguamammɔ guu obiara a ɔretwam so. Na wofaa wo ntade no bi de yɛɛ nsaasaa wɔ sorɔnsorɔmmea ho fae, na wobɔɔ so aguaman a ebi mmae da na ɛremma da nso. Na wofaa wo nnwinne fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa wo no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ aguaman; na wode wo nkyeremu ntade kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhuam sisii wɔn anim; na m’aduan a memaa wo, asikresam ne ngo ne ɛwo a mede meyɛn wo no, wode sisii wɔn anim sɛ enyi hua huamhuam. Nea ɛyɛe ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na wofaa wo mmabanin ne wo mmabea a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni. So w’aguamammɔ yɛ ade ketewaa, sɛ wukunkum me mma na wuyii wɔn mae ma wɔfaa ogya mu maa wɔn no? Na w’akyide ne w’aguamanneyɛe nyinaa mu no woankae wo mmabaabere nna no a wonam adagyaw ne kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no. Na ɛbae sɛ wo nnebɔne nyinaa akyi no, due, due! AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wotoo dampan fae na woyɛɛ pampa fae, mmɔnten nyinaa so. Akwan nyinaa tia na wotoo wo pampa, na wuhuraa w’ahoɔfɛ no ho, na wobaee w’anan mu maa obiara a ɔsen, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso. Na wo ne Misraimfo a wɔte wo ho a wɔn honam sosoe no bɔɔ aguaman, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso de huruu me bo. Na hwɛ, wo so na meteɛɛ me nsa, na metew w’aduan a mehyɛe so, na miyii wo memae sɛ w’atamfo, Filistifo mmabea a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no. Nso wo ne Asiriafo bɔɔ aguaman, efisɛ wommee ɛ. Na wo ne wɔn bɔɔ aguaman, nanso woammee. Nso womaa w’aguamammɔ dɔɔso koduu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na eyi nso ammee wo. Wo koma ayɛ gorɔw dɛn ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ woyɛɛ eyinom a ɛyɛ ɔbea aguaman a ɔso ne ti nneyɛe no nyinaa! Wotoo wo dampan, akwan nyinaa tia na woyɛɛ pampa, mmɔnten nyinaa mu no, woanye sɛ aguaman po, ɛne sɛ wopoo apɛde. Ɔyere a ɔsɛe aware, ɔfa ananafo si ne kunu ananmu. Nguaman nyinaa, wɔma wɔn akyɛde, na wo de, wode w’akyɛde kyekyɛɛ w’adɔfo nyinaa, na womaa wɔn adammude, sɛ womfi mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn aguamammɔ. Na wo de, ɛsono wo koraa ne mmea a aka no, aguamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ aguaman, na woma apɛde, na wo de, obi mma wo apɛde, enti na ɛsono wo. Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm! Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woahwere w’ade, na woayi w’adagyaw so, w’aguamammɔ mu, ama w’adɔfo, ne w’akyide abosonhunu no nyinaa, ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti, hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatan wɔn no nyinaa so afi afa nyinaa maboaboa wɔn ano mahyɛ wo, na mayi w’adagyaw adi makyerɛ wɔn, na wɔahu w’adagyaw nyinaa. Na mede mmea awaresɛefo ne mogyakagufo atemmude mebu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyew ne ninkuntwe mogya, na mede wo mahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiriw wo dampan, na wɔaburu wo mpampa, na wɔaworɔw wo ho ntade, na wɔafa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo adagyaw ne kwaterekwa mu, na wɔama wɔabɛbɔ wo so gua, na wɔasiw wo abo, na wɔde wɔn nkrante atwitwa wo mu, na wɔde ogya ahyew w’adan, na wɔde w’atemmu mu ade ayɛ wo, mmea bebree aniwa mu, na mama woagyae aguamammɔ; na akyɛde nso, worenkyɛ bio. Na mɛma m’abufuhyew no adwo wo ho, na me ninkuntwe afi wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio. Esiane sɛ wonkaee wo mmabaabere mu nna no na wode eyinom nyinaa haw me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ mibua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na mammɔ w’akyide nyinaa so mmusu. Hwɛ, obiara a obubu mmɛ no bebu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛ ɛna te no, saa na ne ba te. Wone wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wone wo nuammeanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini. Na wo nuabea panyin ne Samaria, ɔno ne ne mmabea a wɔte wo benkum so no, na wo nuabea kumaa a ɔte wo nifa so ne Sodom ne ne mmabea. Nso ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyide no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe sen wɔn, w’akwan nyinaa so. Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ sɛnea wo ne wo mmabea ayɛ yi. Hwɛ, eyi ne wo nuabea Sodom amumɔyɛ no: Ahantan, didimee ne yiyedi dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmabea tenae, na ɔbrɛfo ne ohiani nsa de, wanso mu; na wɔyɛɛ ahantan yɛɛ akyide wɔ m’anim, na miyii wɔn hɔ sɛnea me ara mepɛ. Na Samaria anyɛ wo bɔne no fa, na womaa w’akyide dɔɔso sen wɔn, na wode w’akyide a woyɛe no nyinaa buu wo nuammeanom bem. Wo nso, soa w’ahohora a wubu ma wo nuammeanom no. Wo bɔne a woama ayɛ akyide asen wɔn no nti, wɔteɛ sen wo, na wo nso, ma w’ani nwu na soa w’ahohora, sɛ woabu wo nuammeanom bem. Na mede wɔn nnommum, Sodom ne ne mmabea nnommum, ne Samaria ne ne mmabea nnommum, ne wo nnommumfa mu nnommum a ɛwɔ wɔn mu no mɛsan maba, nea ɛbɛyɛ na woasoa w’ahohora, ade a woayɛ nyinaa ho de akyekye wɔn werɛ. Na wo nuammeanom, Sodom ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na Samaria ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na wo nso ne wo mmabea bɛsan aba mo kan dibea mu. Na wo nuabea Sodom anyɛ w’anom asɛnka, w’ahantan nna no mu, ansa na woyii wo bɔne adi, sɛ ɛbere a Siria mmabea ne wɔn a wotwa no ho hyia nyinaa, Filistifo mmabea a wɔtew wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no. W’abusude ne w’akyide no, wo ara no woso, AWURADE asɛm ni. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛyɛ wo sɛnea woyɛe no a wubuu ntanka animtiaa sɛ worebu apam so no. Na me de, mɛkae m’apam a me ne wo pamee wo mmabaabere mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo. Na sɛ mede wo nuammeanom a wɔsen wo panyin ka wo nuammeanom a wɔyɛ w’akyi mma no ho de wɔn yɛ wo mmabea a ennyina w’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’anim agu ase. Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahu sɛ mene AWURADE, nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, to Israel fi aborɔme ka mfatohosɛm kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa; ne nkɔnmu mu baa na ɔpanee, na ɔde kɔɔ aguadi asase bi so, na ɔkɔtɛwee aguadifo kurow bi mu. Na ɔfaa asase no so aba bi de koduaa afuw pa bi mu, ɔde sii nsu bebree ano, ɔtɛw no sɛ asukɔn so dua. Na efifii yɛɛ obobe a ɛdannan a ehuhua fam ma n’abaa teɛteɛ baa ne ho na ne ntini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ obobe na eyiyii abaa na ɛfefɛw ahaban. Nso ɔkɔre kɛse bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree; na hwɛ, saa bobe no fi n’akofi a wɔtɛwee wɔ mu no mu tentenee ne ntini kɔɔ ne fam, na oyiyii n’abaa kɔɔ no so, sɛ ɔmma no nsu. Efi beae a wɔtɛwee no Wotutu kɔtɛwee wɔ beae foforo wɔ afuw pa so ne nsu bebree ho sɛ enyiyi abaa na ɛnsow aba na ɛnyɛ bobe fɛfɛ. Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no. Na hwɛ, wɔatɛw no yi, so ɛbɛkye ade? So bere a apuei mframa bɛka no no, ɛnyɛ okisa na ebekisa? Wɔ akofi a efifii so no so ara na ebetwintwam. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ asowui fifo no sɛ: So munhu dekode a eyi yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel. Na ɔfaa ahenni asefo no mu bi, na ɔne no pamee, na ɔma ɔkaa no ntam, na asase no so atumfo no de, ɔfaa wɔn kɔe, sɛ ɛnyɛ ahenni a wɔabrɛ no ase, na amma ne ho so, na onni apam no so na ennyina. Nanso ɔtew n’anim atua somaa n’abɔfo kɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne dɔm bebree. So ebesi no yiye? So nea ɔyɛ eyinom befi mu afi? So obetwiw afa apam no so na asi no yiye? Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔhene a osii no hene a wammu ne nsew na wabu n’apam so no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na obewu. Na ɛnyɛ dɔm kɛse ne asafo bebree na Farao de bedi ama no, ɔsa mu a wɔbɛto mpempe na wɔasisi aban atenten de atwa akra pii agu no. Efisɛ wammu ntam no, na obuu apam no so; na hwɛ, wadi nsew, nanso wayɛ eyinom nyinaa; ɔremfi mu mfi. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara, me ntam a wammu ne m’apam a wabu so no na mede mebua n’atifi; na mede m’asawu mɛtrɛw no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, na ɔfom a ɔfom me no, me ne no bedi wɔ hɔ; na n’aguanfo a wɔwɔ n’asafo nyinaa mu nyinaa, nkrante ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Me nso mebu kyeneduru a ɛkorɔn no nkoa mu bi makɔtɛw, efi ne mfefɛwee mu ti bɛtɛbɛtɛ no bi. Na mɛpan makodua bepɔw a ɛkorɔn na ɛware bi so; Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi, na wuram nnua nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no ase, na mama dua a ehuhua fam akorɔn, mama dumono aguan na mama duwui afefɛw. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mudwen dɛn na mubu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom adi bobe bun, na mma se afemfem, no? Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ara ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu. Na sɛ onipa yɛ ɔtreneeni, na ɔyɛ atemmude ne atreneede, na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw no, na onhura ne yɔnko yere ho na ɔnkɔ ɔbea a wabu nsa ho, na ɔnhyɛ obi so, na ɔde ɔkafoni awowaside san ma no, na ɔnyɛ ɔpempensifo, ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama, na ɔnhyɛ hurufɛm na onnye nsiho, na ɔtwe ne nsa fi abusude ho, na obu onipa ne onipa ntam nokwatɛn, na ɔnam m’ahyɛde mu, na odi m’atemmude so di nokwasɛm a, ɔno na ɔtreneeni ne no; nkwa na obenya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na sɛ ɔwɔ ɔba busufo a ɔka mogya gu, na ɔyɛ eyinom mu biako pɛ, na ɔno ankasa de, wanyɛ eyinom mu biara, na sɛ nso odi afɔreduan wɔ mmepɔw no so, na ɔkɔ ne yɔnko yere ho, na ɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempenside nso ɔnnan mma, na ɔma n’ani so hwɛ ahoni huhuw yɛ akyiwade, na ɔhyɛ hurufɛm, na ogye nsiho a, so obenya nkwa? Ɔrennya nkwa! Wayɛ akyide yi nyinaa, owu na obewu, ne mogya bebua n’atifi. Na hwɛ, ɔwo ɔba, na ɔno de, ohu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na osuro, na ɔnyɛ saa bi, na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw, na ɔnkɔ ne yɔnko yere ho, na ɔnhyɛ obi so, na onnye awowaside nsie na ɔnyɛ ɔpempensifo, na ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama, na osianka ne nsa fi ɔbrɛfo ho, na onnye mfɛntom ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmude nam m’ahyɛde mu a, ɔno de, ɔrenwu n’agya amumɔyɛ mu; nkwa na obenya. N’agya no, sɛ wadi amim, asisi ne nua na wayɛ nea enye, ne man mu nti, hwɛ, obewu n’amumɔyɛ mu. Na moka sɛ: Ɛdɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumɔyɛ bi? Na sɛ ɔba no ayi atemmude ne atreneede adi m’ahyɛde nyinaa so ayɛ a, nkwa na obenya. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu; ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumɔyɛ bi; ɔtreneeni trenee bɛtena no so, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm bɛtena no so. Na ɔbɔnefo nso, sɛ ɔsan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa mu, na odi m’ahyɛde nyinaa so yɛ atemmude ne atreneede a, nkwa na obenya, ɔrenwu. Ne mmarato ade a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne trenee a wayɛ no mu na obenya nkwa. So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ? Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude ne akyide a ɔbɔnefo yɛ nyinaa a, so obenya nkwa anaa? Ne trenee a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu, emu na obewu. Nanso moka sɛ: Awurade kwan nteɛ. Muntie ɛ, Israel fi: So me kwan nteɛ? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ? Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude na owu wɔ mu a, n’abusude a ɔyɛe no mu na owui. Nso sɛ ɔbɔnefo san fi n’abɔnefosɛm a wadi no ho bɛyɛ atemmude ne atreneede a, ɔno de, wagye ne kra nkwa. Na wahu, na wasan afi ne mmaratosɛm a odii no nyinaa ho, nkwa na obenya, ɔrenwu. Nanso Israel fi ka sɛ: Awurade kwan nteɛ. So me kwan nteɛ, Israel fi? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ? Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo. Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi? Na minnya nea ɔrewu no wu ho anigye, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; enti monsan, na mummenya nkwa. Na wo de, twa Israel abirempɔn ho kwadwom na ka sɛ: Ɛdɛn na wo na, gyatabere no butuw agyatanini ntam yɛn ne mma gyataforo mu? Na ɔyɛn ne mma mu biako; ɔyɛɛ gyataforo na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam. Na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amoa mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so. Na ne na huu sɛ watwɛn nanso n’anidaso ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataforo; na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataforo, na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam. Na ohuu wɔn akunafo, na ɔbobɔɔ wɔn nkurow, na ne mmobom gyegyeegye nti asase no ne ne mayɛ sɛee. Ɛnna amanaman a wofi nsaase so no bae betwaa ne ho hyiae, na wɔde wɔn asawu trɛw no so, wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu, na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ kyerɛnkyɛ mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛse mu, nea ɛbɛyɛ na wɔante ne nne bio, Israel mmepɔw so. Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛw no nsuso, nsu pii nti, n’aba ne n’abaa bae yiye. Na onyaa nhama a ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahene mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn koduu amununkum kusuu ntam, na wohu no ne korɔn mu, n’abaa dodow mu. Na wotuu no anibere so tow no hwee fam, na apuei mframa kisaa n’aba no; ne nhama a ɛyɛ den no bubui na etwintwamee, na ogya hyewee. Na afei wɔatɛw no sare so, asase kesee a edi sukɔm so; na ogya refi n’abaa hama bi mu ahyew n’aba, na hama a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahenni poma bi nni hɔ bio. Kwadwom ni, na ɛbɛyɛ adwuma sɛ kwadwom. Na ɛbae sɛ afe a ɛto so asɔn, ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo no mu bi bae bebisaa AWURADE hɔ ade, na wɔbɛtenaa m’anim. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So me hɔ adebisa na mobae yi? Sɛ mete ase yi, ampa ara meremma wommisa me ade mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. So wubebu wɔn atɛn? So wubebu atɛn, onipa ba? Wɔn agyanom akyide na ma wonhu. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so mekyerɛɛ Yakob fi asefo, na mema wohuu me Misraim asase so, na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn mekae sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn no, ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so, na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montotow mo aniwa mu akyide no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuw nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na wɔtew me so atua, na wɔampene sɛ wotie me; wɔn mu obi bi antow wɔn aniwa mu akyide ankyene, na wɔannyaw Misraim abosonhuhuw. Ɛnna mise: Mehwie m’anibere magu wɔn so mede mawie m’abufuw no wɔ wɔn so, Misraim asase so; nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a wɔte wɔn mu no anim, efisɛ mema wohuu me, wɔn anim, sɛ merebeyi wɔn mafi Misraim asase so. Ɛnna miyii wɔn fii Misraim asase so na mede wɔn mebaa sare so, na mede m’ahyɛde memaa wɔn, na mema wohuu m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, onya mu nkwa no; nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no. Na Israel fi tew m’anim atua sare so; wɔanni m’ahyɛde so na wɔpoo m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, obenya mu nkwa no, na me home nna nso, wohuraa ho bebree. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, sare so na madwerɛw wɔn; nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura, amanaman a miyii wɔn, wɔn anim no anim. Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so, esiane sɛ wɔpoo m’atemmude na wɔannantew m’ahyɛde mu, na wohuraa me home nna ho ntia; na wɔn abosonhuhuw no akyi na wɔn koma di. Nanso m’aniwa kyɛe wɔn so, na mansɛe wɔn na manyɛ wɔn pasaa, sare no so. Na meka mekyerɛɛ wɔn mma, sare no so sɛ: Monnnantew mo agyanom ahyɛde no mu, na munnni wɔn atemmude no so, na mommfa wɔn abosonhuhuw nngu mo ho fi. Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛde mu na monnantew, na m’atemmude na munni so na monyɛ, na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, na munhu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na mma no nso tew me so atua, wɔannantew m’ahyɛde no mu, na wɔanni m’atemmude so anyɛ, nea onipa yɛ a, obenya mu nkwa no; me home nna nso, wohuraa ho. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, na mawie m’abufuw wɔn mu sare no so; nanso misiankaa me nsa, na me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a miyii wɔn, wɔn anim, no anim. Nso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare no so, sɛ mɛbɔ wɔn mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so, esiane sɛ wɔanyɛ m’atemmude na wɔapo m’ahyɛde na wɔahura me home nna ho, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuw akyi nti. Na me nso memaa wɔn ahyɛde a enye ne atemmude a wonnya mu nkwa ho kwan, na miguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛde mu ne ɔma a wɔde nea ebue awotwaa ano nyinaa mae no mu, na masɛe wɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ mene AWURADE. Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fi na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi mu nso mo agyanom aka abususɛm atia me na wɔafom me wɔ mu nso, efisɛ mede wɔn mebaa asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma wɔn no so no, sɛ wohu koko a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara a, na wɔrebɔ wɔn afɔre wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛde a ehuru me bo no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hua huamhuam ma wɔ hɔ, na wohwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ. Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn ne sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ no? Na wɔfrɛ hɔ din sɛ sorɔnsorɔmmea de besi nnɛ da yi. Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So mo agyanom kwan so na mugu mo ho fi, na wɔn atantanne akyi na mobɔ aguaman di, na mode mo ayɛyɛde ba na moma mo mma fa ogya mu yi, mugu mo ho fi mo abosonhuhuw nyinaa fam de besi nnɛ da yi, na me na wommisa me hɔ ade mma mo? Israel fi! Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, meremma wommisa me hɔ ade mma mo. Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no. Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu ateɛ ne anibere a wɔahwie agu na medi mo so hene. Na meyi mo mafi aman mu, na maboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu ateɛ ne anibere a wɔahwie agu so, na mede mo maba aman no sare so na mabebu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim. Sɛnea mibuu mo agyanom atɛn, sare so Misraim asase so no, saa ara na mebu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo maba apam no nkyehama mu. Na meyiyi mo mu atuatewfo ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn hɔhobea asase no so na meyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE. Na mo, Israel fi, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuw ɛ, na akyiri no, ampa ara, mubetie me, na moremfa mo ayɛyɛde ne mo abosonhuhuw no nhura me din kronkron no ho bio. Na me bepɔw kronkron, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛhɔ na Israel fi nyinaa, wɔn dodow a ɛwɔ asase no so nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mebisa mo soma ade ne mo ayɛyɛde mu adikanne, mo akronkronne nyinaa mu. Mobɛsɔ m’ani sɛ hua huamhuam, ɛbere a meyi mo afi aman no mu, na maboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim. Na mubehu sɛ mene AWURADE, bere a mede mo mɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no, so no, na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛe a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwini, mo ani so, mo bɔne a moyɛe no nyinaa nti. Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ esiane me din nti na me ne mo bedi, ɛnyɛ mo akwammɔne no so ne mo nneyɛe a asɛe no so, Israel fi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ nifa fam, na ma w’asɛm nsosɔ ngu nifa fam, na ka adiyisɛm kyerɛ nifa fam petee mu kwae, na ka kyerɛ nifa fam kwae no sɛ: Tie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahyew wo mu dumono nyinaa ne duwui nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛw framframfram no rennum, na ahyew asase ani nyinaa afi anafo fam akosi atifi fam. Na ɔhonam nyinaa behu sɛ me AWURADE na mesɔe, ɛrennum. Ɛnna mekae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn de, wɔka wɔ me ho sɛ: So ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubu yi? Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no, na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrante afi ne boha mu, na matwitwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo. Esiane sɛ metwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo nti, me nkrante befi ne boha mu ahyɛ honam nyinaa afi nifa fam akosi benkum fam, na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrante afi ne boha mu, ɛrensan nkɔ mu bio. Na wo, onipa ba, fa awerɛhow si apini, na gu wɔn ani so ahome yawyaw. Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ka sɛ: Nkrante, nkrante a wɔasew ano na wɔapɔw ho nso, wɔasew ano sɛ enkum, wɔapɔw ho sɛ entwa nyinamnyinam. Anaasɛ yɛmma yɛn ho nsɛpɛw yɛn nka se: Me ba woabu abaa ne nteɛso nyinaa animtiaa? Na ɔde nkrante no mae sɛ wɔmpɔw ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔasew nkrante no na wɔapɔw ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfo nsa. Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me nkurɔfo so, ɛno bɛba Israel abirempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrante, enti bɔ w’asrɛ ho ame. Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ abaa a ebu animtiaa no po nyɛ hwee a, dɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrante no bɛba abɔ ho abiɛsa, atɔfo nkrante no; ɛyɛ ɔtɔfo kɛse nkrante na atwa wɔn ho ahyia no. Nea ɛbɛyɛ na koma atutu na hintidua adɔɔso nti, mede nkrante hyerɛn masisi wɔn kurow apon nyinaa ho a! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔayeram ano de rebekum. Dan wo ho koraa kɔ anafo, dan w’ano kɔ atifi, baabiara a wɔahyɛ sɛ w’ani nkyerɛ. Na me nso mɛbɔ me nsam, na mama m’anibere ano adwo, me, AWURADE, na maka. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, sensan akwan abien fa, na Babel hene nkrante mfa so mmra. Ma n’abien nyinaa mfi asase koro so, na kurukyerɛw akyerɛkyerɛkwan bi, nkurow nkwanta na kurukyerɛw no. Siesie ɔkwan a nkrante mfa so mmra Amonfo kurow Raba, ne Yuda, Yerusalem kurow a ɛyɛ den no mu. Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu. Nkɔmhyɛ a ɛba ne anafo mu ne Yerusalem, sɛ wonsisi adwennini a eburuw ɔfasu, mmue ano okum mu, mma ɛnne so osebɔ mu, sɛ wonsisi adwennini a wɔde beburuw aponkɛse, ngu mpempe, nsisi ntua aban. Na ɛbɛyɛ wɔn sɛ nkɔntoro wɔn ani so; wɔaka ntankɛse; nanso ɔno de, ɔkae wɔn amumɔyɛ, sɛ wɔnkyere wɔn. Ɛno nti sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moma wɔkae mo amumɔyɛ ma mo mmarato da adi na wohu mo bɔne, mo nneyɛe nyinaa mu nti, na esiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo. Na wo, ɔbɔnefo a woatɔ, Israel birɛmpɔn a ne da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yi abotiten no na hɔn ahemmotiri no; nneɛma rentena sɛnea ɛte no ara nea abrɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbrɛ ase; Ɔsɛe, ɔsɛe ɔsɛe na mɛdan no; sɛ ebi mmae da na eyi nso rentena hɔ daa, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no. Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se, Amonfo ne wɔn ahohorabɔ no ho ni, na ka sɛ: Nkrante, nkrante a wɔatwe de rebekum, wɔapɔw ho sɛ enni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam. Ɛbere a wohu ade huhuw ma wo na wɔrehyɛ wo nkɔntoro no, wɔde wo bɛto abɔnefo atɔfo a wɔn da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no kɔn ho. Fa wo nkrante san hyɛ ne boha mu, faako a wɔbɔɔ wo no, w’awo asase so na mebu wo atɛn, na mehwie m’abufuhyew magu wo so, mefita m’anibere gya no mu mahyɛ wo, na meyi wo mahyɛ mmarima atirimmɔdenfo a wonim ɔsɛe ho nyansa no nsa. Wobɛdan ogya aduan; wo mogya begu asase no mfinimfini; wɔrenkae wo bio, na me, AWURADE na maka. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, so wubebu atɛn? So wubebu mogya kurow no atɛn? Ɛnne ma onhu n’akyide nyinaa, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Kurow a ehwie mogya gu wɔ no mu sɛ ne bere mmra, na ɛyɛ abosonhuhuw fa de gu ne ho fi. Wo mogya a wuhwie gui no mu na wudi so, na w’abosonhuhuw a woyɛe no na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woadu wo mfe mu; ɛno nti mede wo mayɛ ahohorade mama amanaman, ne fɛwdi mama nsaase nyinaa; wɔn a wɔbɛn wo ne wɔn wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ nea ne din ho ahura na ne sakasakayɛ dɔɔso. Hwɛ, Israel abirempɔn no wɔ wo mu, wɔn mu biara sɛnea ne tumi te, sɛ wobehwie mogya agu, wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna so mpekua, wo mu na wodi ahɔho amim, wɔhom wo mu ayisaa ne okunafo so. Wubu m’akronkronne animtiaa, na wuhura me home nna ho. Nkontompo wɔ wo mu, sɛ wobehwie mogya agu, na mmepɔw so na wodidi wo mu, na ahohorade na wɔyɛ, wo mfinimfini. Wo mu woyi agya adagyaw so; wo mu na wɔkɔ nea asabu ama ne ho akum no ho; na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyide, na obi gu ne sew ho fi aniwude mu, wo mu na obi to ne nuabea, n’agya ɔba, mmonnaa. Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na hwɛ, mebɔ me nsam, wo pɛpɛe a woyɛ ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho. So wo koma betumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bedi no? Me, AWURADE, na maka na mɛyɛ. Na mɛbɔ wo mapete amanaman mu, na mapansam wo, nsaase so, na meyi wo fi no koraa mafi wo mu; na wo ho behura amanaman anim, na woahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Israel fi ayɛ me dwetɛ fi; wɔn nyinaa yɛ fononoo mu kɔbere ne sanyaa ne dade ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bin. Ɛno nti sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ mo nyinaa adannan dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano mahyia Yerusalem. Sɛnea wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sumpii ne sanyaa ano fononoo mu, fita ɛho gya mu ma ɛnan no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuw ne m’anibere mu, na mede mo mahyɛ mu manan mo, na mapata mo mabom na masɔ mo ho gya m’anibere mu, na moanan wɔ mu. Sɛ dwetɛ nan fononoo mu no, saa ara na mobɛnan mu, na moahu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyew magu mo so no. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntew so na wɔmma osu ntɔ so, abohuru da mu. N’adiyifo atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tetew ne hanam, wokunkum nnipa, wɔfa ahonyade ne aboɔdenne, wɔma emu akunafo dɔɔso wɔ so. N’asɔfo bu me mmara so, na wohura m’akronkronne ho; wɔmma ɛnsono akronkronne ne ade a abu so, na wɔnkyerɛ ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew no ntam nsonoe, na wobu wɔn ani gu me home nna so, na wohura me ho wɔn mu. Ne mmapɔmma a wɔwɔ so no te sɛ mpataku a wɔtetew hanam, sɛ wobehwie mogya agu na wɔakunkum nnipa, nea ɛbɛyɛ na wɔanya mfaso bɔne adi. Na n’adiyifo sra so hyirew ma wɔn, wɔrehwɛ ade huhuw na wɔhyɛ wɔn nkɔntoro; wɔka sɛ: Sɛɛ na AWURADE se, nanso AWURADE nkasae ɛ. Asase no so nkurɔfo di amim, na wɔyɛ awifo, na wɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, na wosisi ɔhɔho gye n’ade, na eyi nteɛ koraa. Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a obegye ban anaasɛ obegyina tokuru no mu, m’anim, ama asase no na mansɛe no, nanso manhu obi. Enti mehwie m’abufuhyew magu wɔn so, na madwerɛw wɔn, m’anibere gya no mu, na mede wɔn abrabɔ mabua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mmea baanu, ɛna biako mma, wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ aguaman Misraim, wɔn mmabaabere mu na wɔbobɔɔ aguaman no; ɛhɔ na womiaa wɔn nufu, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaabere mu mpokua. Na wɔn din ne: Ɔpanyin no, Ohola, ase ne: Ne ntamadan, ne ne nua Oholiba, ase ne: Me ntamadan wɔ ne mu; na wɔyeyɛɛ me de, na wɔwoo mmabanin ne mmabea. Na wɔn din no: Samaria ne Ohola, na Yerusalem ne Oholiba. Na m’akyi Ohola bɔɔ aguaman na n’ani beree n’adɔfo, Asiriafo a wɔbae bɛbɛn no no ho. Wɔhyehyɛ bibitama ntade, amradofo ne mmakoma, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Na ɔde n’aguamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafo a wɔapaw wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi. Nanso n’aguamammɔ a ɔde fi Misraim no, wannyae, efisɛ wɔne no dae ne mmabaabere mu, na wɔkekaa ne mmabaabere mu mpokua, na wohwiee wɔn aguamammɔ guu no so. Ɛno nti mayi no mahyɛ n’adɔfo no nsa, Asiriafo a n’ani beree wɔn no nsa. Wɔn na woyii n’adagyaw so, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmabea, na ɔno ankasa nso, wɔde nkrante kum no, na ɔyɛɛ ɔnakwa maa mmea, na wɔyɛɛ no n’atemmude. Na ne nua Oholiba hui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne sen ɔno, na ɔmaa n’aguamammɔ sen ne nua no de. N’ani beree Asiriafo, amradofo ne mmakoma a wɔbae bɛbɛn no no, wɔhyehyɛ ntade a eye, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ ara nko. Na mihuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu nam ɔkwan koro so. Na ɔmaa n’aguamammɔ kɔɔ so; na ohuu mmarima a wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu ho, Kaldeafo mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyerɛw, wɔde abɔso abobɔ wɔn asen, de abotiri atenten abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfo a wɔn awo asase ne Kaldea no te no. Ɛnna ɔde n’aniwa hwɛe no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea. Na Babelfo baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ so, na wɔde aguamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtetew ne kra fii wɔn ho. Na oyii n’aguamammɔ adi na oyii n’adagyaw so no, ɛnna me kra tew ne ho fii ne ho, sɛnea me kra tew ne ho fii ne nua no ho no. Na ɔmaa n’aguamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaabere mu nna a ɔbɔɔ aguaman, Misraim asase so no. Na n’ani beree wɔn mpenafo a wɔn barima te sɛ mfurum de, na wɔn ahoboa te sɛ apɔnkɔ de no. Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaabere mu aniwude, bere a wo mpokua nti Misraimfo miamiaa wo nufu no. Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo mahyɛ wo, wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no, na mahyia wɔn afi mmaa nyinaa aba wo so. Babelfo ne Kaldeafo nyinaa, Pekodfo, Soafo ne Koafo ne Asiriafo a wɔka wɔn ho nyinaa, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ, amradofo ne mmakoma nyinaa, nnɔnkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefo ara nko, na wɔde akode ne nteaseɛnam ne nkyimii ne aman asafo bɛba wo so; ahokatade ne ɔkyɛm ne dade kyɛw na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmu mesi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmu so. Na mede me ninkuntwe mɛsa wo, na wɔne wo adi no anibere so, wobetwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkae bɛtotɔ nkrante ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmabea akɔ, na wɔde ogya ahyew w’ade a ɛbɛka akyiri, na wɔbɛworɔw wo ho ntade, na wɔatase wo nnwinne afɛfɛ no. Na mɛma w’aniwude to atwa afi wo ho, ne w’aguamammɔ a efi Misraim asase so no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio. Na sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se: Hwɛ, mede wo mehyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa ne wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no nsa, na wɔne wo adi no ɔtan so, na wɔafa nea wobrɛ nyae no, na wɔagyaw wo, adagyaw mu ne kwaterekwa, na wɔayi w’aguamammɔ adagyaw so, ne w’aniwude ne w’aguamammɔde nyinaa so. Wɔbɛyɛ wo eyi, w’aguamammɔ a wode dii amanaman no akyi no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuw agu wo ho fi. Wo nuabea no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa mɛhyɛ wo nsa. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wo nuabea kuruwa a emu dɔ na emu trɛw no na wobɛnom, dodow a ebetumi adi no bɛdan asereserede ne fɛwdi; Asabow ne awerɛhow, ahodwiriw ne ahoyeraw kuruwa, wo nuabea Samaria kuruwa no bɛyɛ wo ma. Na wobɛnom, na wubefifew mu, na wobɛwe ne fɛre, na wubesunsuane wo nufu mu, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene w’akyi nti, wo nso soa w’aniwude ne w’aguamammɔde no. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wubebu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnne kyerɛ wɔn wɔn akyide, sɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsam; na wɔn abosonhuhuw na wɔde asɛe aware, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn ma wɔadi. Bio eyi na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔahura ho; na wokunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuw a, wɔba me kronkronbea da no ara behura ho, na hwɛ, saa na wɔayɛ me fi no mu. Na mpo wɔsoma kohyiaa mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wuguaree wo ho maa wɔn de adubiri kekaa w’aniwa na wode ahyehyɛde hyehyɛɛ wo ho, na wotenaa nnae a anim yɛ duru so, na ɔpon a wɔatow si w’anim, na wode m’aduhuam ne me ngo sisii so. Na asafo yuu a wɔn ho atɔ wɔn gyegyeegye wɔ mu, na wɔde asabofo fi sare so bɛkaa mmarima a wofi nnipa dodow no mu no ho, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotiri afɛfɛ bobɔɔ wɔn. Ɛnna mekae nea awaresɛe agurow no no ho sɛ: Afei wɔde n’aguamammɔ no ara bɛbɔ aguaman, na wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛnea wɔkɔ ɔbea aguaman nkyɛn, saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmea ahohorafo no nkyɛn. Na mmarima atreneefo na wɔde awaresɛefo atemmu ne mogyakagufo atemmu bebu wɔn atɛn, efisɛ wɔyɛ awaresɛefo, na mogya wɔ wɔn nsam. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn mama ahoguan ne ɔfom, na asafo no asiw wɔn abo, na wɔde wɔn nkrante awowɔ wɔn; wobekunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmabea, na wɔde ogya ahyew wɔn afi. Na metwa aniwudeyɛ mafi asase no so, na wɔde abɔ mmea nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ sɛ mo ahohorade yi. Na wɔde mo ahohorade begu mo so, na moasoa mo abosonhuhuw no bɔne, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no, da a ɛto so du no sɛ: Onipa ba, kyerɛw da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara. Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu. Fa ne nankum nso gu mu, nankum a eye nyinaa, ɔsrɛ ne basa, nnompe a eye nyinaa na fa hyɛ mu ma; fa nguan mu wɔn a woye no, na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase ma enhuru yiye, na ne nnompe nso mmen mu. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogya kurow! Ɔsɛn a emu agye nkannare a ne nkannare mfii no mu. Yiyi mu ade, nankum, nankum; wɔnntwe so ntonto. Na ne mogya wɔ no mu; waka agu ɔbotan firefire so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔte akata so. Nea ɛbɛyɛ na ahwanyan anibere na ama aweredi aba nti na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa so na wɔankata so yi. Ne saa nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogyahwiegu kurow! Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛw, na nam no nhono, nu mu ma empiw na nnompe no nhyew. Na fa no hunu si nsramma no so, nea ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ na emu adɔ kɔɔ, na emu fi no anan na ne nkannare asa. Ɔkwa ara na mabrɛ me ho, nanso ne nkannare dodow no mfi; ogya mu na wɔmfa ne nkannare nkɔ. Wo fi mu wɔ abusude; sɛ matwiw wo ho na efi nti, wo ho rentew mfi wo fi no mu bio, de bɛkɔ akosi sɛ mɛma m’abufuhyew adwo wo ho. Me, AWURADE, na maka; ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merenkyɛe so na merennu me ho; sɛ w’akwan te ne sɛ wo nneyɛe te no, saa na wobebu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’aniwa ade a ɛpɛ no afi wo ho; na ntwa adwo, nsu, na mma wo nusu nnsen. Gu ahome komm, nni owufo ho nkɔmmɔ, fa w’abotiri bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ w’anan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduan. Na mekasa mekyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wui anwummere, na anɔpa no meyɛe sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na nkurɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: So worenkyerɛ yɛn dekode a eyinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa? Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Kasa kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehura me kronkronbea ho, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo aniwa ade a ɛpɛ ne mo kra ade a ɛdɔ ho no; na mo mmabanin ne mo mmabea a mugyawee no bɛtotɔ nkrante ano. Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduan, na mo ahyehyɛde bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo anan; morentwa adwo na morensu, na mobɛsɔn agu, mo amumɔyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho. Na Hesekiel ayɛ mo sɛnkyerɛnne; sɛnea wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ bere a ɛbɛbam no, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Na wo, onipa ba, ɛda no ara a megye wɔn nsam wɔn ahoɔden, wɔn ahyehyɛde ho ahosɛpɛw, wɔn anigye ade, ne wɔn kra ade a ɛpɛ no, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea no, da no ara na nea wafi mu afi bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ate. Ɛda no ara na wo ne nea wafi mu afi no ano bebue, na wobɛkasa na worentɔ mum bio, na wobɛyɛ wɔn sɛnkyerɛnne na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfo, na hyɛ nkɔm tia wɔn. Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti, hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu; na mede Raba mɛyɛ yoma adan, na Amonfo asase ayɛ nguan butubea, na moahu sɛ mene AWURADE. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woabɔ wo nsam na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama wo koma atɔ wo yam Israel asase ho no nti, hwɛ, mereteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ amanaman asade, na matwa wo afi aman mu, na masɛe wo afi nsaase mu, na madwerɛw wo, na woahu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fi ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti, hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afi nkurow no so, nkurow a ɛdeda n’ahye ho so, asase a eye no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim, mede mama apuei mma mapae Amonfo de no so, na mama wɔafa adi wɔn so, nea ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfo bio aman mu, na mɛyɛ Moab atemmude, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Edom adi Yuda fi so were na wɔadi so pa ara na wɔatɔ wɔn so were no nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛteɛ me nsa mahyɛ Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afi Teman, na wɔatotɔ nkrante ano akodu Dedan. Na mede me man Israel nsa mewie m’aweredi Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuw ne m’anibere so, na wɔahu m’aweredi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Filistifo atɔ no so were, na wɔde ɔkra mu ahitew atɔ wɔn ho were sɛ wɔde daa ɔtan bɛsɛe wɔn no nti, Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ mereteɛ me nsa mahyɛ Filistifo, na matwa Keretifo no, na masɛe nea aka mpoano no. Na mede abufuhyew kɛse mɛtɔ wɔn so were, na me were a medi wɔn so no mu wɔahu sɛ mene AWURADE. Na afe a ɛto so dubiako, ɔsram no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, esiane sɛ Tiro ka Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu nkurɔfo no pon no, ɛbɛdan aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti, Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree mɛba wo so, sɛnea ɛpo de n’asorɔkye ba no, na wɔabɛsɛe Tiro afasu, na wɔabubu n’aban atenten no; na mɛpra ne dɔte afi mu, na mayɛ no ɔbotan firefire; ɛbɛyɛ asawu hatabea ɛpo mu; na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na ɛbɛyɛ amanaman asade, na ne mmabea a wɔwowɔ asase no so no, wɔde nkrante bekunkum wɔn, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so. Wo mmabea a ɛwowɔ asase no so no, ɔde nkrante bekum wɔn, na wasi wo ho aban, na wato wo ho mpempe, na wama ɔkyɛm so ahyia wo, na ɔde ne buruw ade asisi w’afasu ho, na ɔde n’akode adwiriw w’aban atenten. N’apɔnkɔ dodow nti wɔn tutuw bɛkata wo so, apɔnkɔsotefo ne nkyimii ne nteaseɛnam gyegyeegye nti na w’afasu bɛwosowosow, bere a ɔfa w’aponkɛse mu aba mu sɛ wɔn wɔnhyɛn kurow a wɔabu mu afa mu no mu. Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte betiatia wo mmorɔn nyinaa so, ɔde nkrante bekunkum wo nkurɔfo, na obesum w’ahoɔden adum no agu fam. Na wɔde w’ahonyade bɛyɛ asade, na wɔafomfom w’aguade, na wɔaburuw w’afasu, na wɔadwiriw w’anigye afi, na wɔatotow w’abo ne wo nnua ne wo dɔte agu nsu mu. Na mɛma wo nnwonto huuyɛ agyae, na w’asanku nne nso, wɔrente bio. Na mɛyɛ wo ɔbotan firefire, wobɛdan asawu hatabea; wɔrenkyekye wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Tiro ni: So ɛnyɛ w’asehwe huuyɛ, w’atɔfo apenepene, okum a wokunkumii wɔ wo mu nti na nsupɔw bɛwosowosow? Na ɛpo so abirempɔn nyinaa refi wɔn agua so asiansian, na wɔayiyi wɔn nguguso, na wɔaworɔworɔw wɔn nkyeremu ntade, na wɔafura ahopopo atenatena fam, na wɔn ho apopo bere nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiriw wɔn. Na wobetwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ai, sɛnea woasɛe ni, wo a ɛpo mufo bɛtenaa wo mu, kurow a wɔkamfo sɛ ɛyɛ den wɔ po mu, Wo ne emufo a wɔma wɔn ho hu ba emufo nyinaa so no! Afei mpoano aman ho bɛpopo w’asehwe da no, na nsupɔw a ɛwɔ po mu no bo atutu, w’awiei ho. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ meyɛ wo akurofo sɛ nkurow a wɔntena mu bio, sɛ mede obun meba wo so ma nsu bebree abɛkata wo so, mede wo mesian maka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho makɔ tete bemee nkurɔfo no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, nea ɛhɔ yɛ amamfo fi tete bemee no, wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn, nea ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ anuonyanne, ateasefo asase so. Ade a ɛyɛ hu na mede wo mɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wobisa w’akyi kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom, na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo abobow ano, aman batani a wokɔ nsupɔw bebree so, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Tiro, wo de, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ! W’ahye wɔ po mfinimfini, w’abantofo awie wo fɛ yɛ, Senir apopaw na wɔde pempam w’ahyɛn afasu, Lebanon nkyeneduru na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua; Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon, wɔyɛe wɔ asonse mangoo a ɛhyehyɛ kwabɔhɔrɔ nnua a efi Kitim nsupɔw mu no mu. Nwera a wɔakyere mu a efi Misraim yɛ wo mframatam a ɛyɛɛ wo ɔfrankaa; bibitam ne ntama a ɛberedum a efi Elisa nsupɔw mu yɛ wo nkataso; Sidonfo ne Arwadfo yɛɛ w’aharefo; w’anyansafo wɔ wo Tiro no ara mu, wɔne w’ahyɛn akwankyerɛfo; Gebal mpanyin ne emu anyansafo nso wɔ wo mu repempam w’agowagow; ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufo wɔ wo mu di w’aguade ho nsesagua Persia ne Lidia ne Put wɔ wo dɔm mu yɛ w’akofo, wɔde kyɛm ne dade kyɛw sensɛn wo mu, wɔn na wɔmaa w’anim baa onyam. Arwadfo ne wo dɔm wɔ w’afasu so hyia, na Gamadfo wɔ w’aban atenten mu, wɔde wɔn akyɛm sensɛn w’afasu ho hyia, wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yiyeyɛ. Tarsis ne wo guadifo, w’ade nyinaa dodow nti; dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ ade; Tawan, Tubal ne Mesek ne wo di gua, nnipa akra ne kɔbere ade na wɔde gye w’aguade; Togarma fi na wofi de apɔnkɔ ne apɔnkɔfo ne mfurumpɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ ade; Dedanfo ne wo di gua; nsupɔw bebree so na wo nsa ano aguade kɔ; asonse amuamu ne duabo nnua na wɔde betua wo ka; Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade; Yuda ne Israel asase ne wo di gua; Minit awi ne paanoo ne ɛwo ne ngo ne aneneduhuam na wɔde gye w’aguade; Damasko ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow so, ahode nyinaa dodow nti; wɔde Helbon bobesa ne nguan nwi fitaa ba; Wedan ne Yawan fi Usal ba ne wo bedi nsesagua; dade a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa ade; Dedan de apɔnkɔtam a wɔtena so ne wo di gua; Arabia ne Kedar abirempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano aguadifo: Nguammaa ne adwennini ne mpapo gua na wɔne wo di; Seba ne Rama abatafo ne wo di gua, wɔde nnuhuam nyinaa mu titiriw ne aboɔden abo nyinaa ne sika ne wo bedi nsesagua; Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafo, Asur, Kilmad ne wo di gua; wɔn na wɔyɛ w’abatafo, ntama afɛfɛ mu, bibitam ne nkyeremu nguguso mu, ne asaawa a wɔafura ademude, nhama a wɔafura na wɔakyim mu, wɔde gye w’aguade. Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufo di w’aguadi mu akɔneaba, na woayɛ ma, na w’anim aba nyam, sɛ ɛpo horow no mfinimfini. Akwamfo no de wo kɔ nsu bebree mu, apuei mframa bobɔ wo ɛpo horow no mfinimfini. W’ade dodow ne w’adetɔnne, wo nsesa aguade, w’ahyɛn mufo ne w’ahyɛn akwankyerɛfo, wo mu agowagow pempamfo ne w’aguade sesa ne wo mu akofofo nyinaa ne w’asafo a wɔwɔ wo mu nyinaa, wɔbɛtotɔ bosonopo yam, w’asehwe da no. W’ahyɛn kwankyerɛfo nteɛm nne ma mpoano asase wosowosow, na wɔn a wokurakura atabon nyinaa, ahyɛn mufo, po ani kwankyerɛfo nyinaa fifi wɔn ahyɛn mu siansian begyinagyina fam, na wo so na wɔmoma wɔn nne so, na wɔteɛm yawyaw de dɔte gugu wɔn atifi yantayantam nso mu, na wɔbobɔ tikwaw ma wo furafura ayitam na wɔde ɔkra awerɛhow ne abubuwbɔ yawyaw su ma wo, na wobetwa wo ho kwadwom, wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ: Hena na ɔte sɛ Tiro a wɔama asɛe ayɛ dinn, ɛpo mu yi? W’aguade fi po nyinaa mu bae no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyade ne w’aguade dodow na wode maa asase so ahene nyaa wɔn ho. Afei a wɔabobɔ wo afi ɛpo ani de wo ahyɛ nsudonkudonku mu yi, w’aguade ne w’asafo a ɛwo wɔ mu no nyinaa atotɔ. Mpoano aman nyinaa, wo nti wɔn ho dwiriw wɔn, na awɔse gu wɔn ahene so wɔn anim akisa. Aman mu aguadifo bɔ wo so hwirema hwee hwee; woapatu asɛe, na wunni hɔ bio de rekosi daa. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti, hwɛ, woyɛ onyansafo sen Daniel, ahintasɛm biara ankyɛn wo, wo nyansa ne wo nhumu so na woanya ade afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akorade mu, wo nyansa dodow ne w’aguadi na wode ama w’ade adɔɔso, na w’ade no nti wo koma ahoman, enti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woayɛ wo koma sɛ onyame koma nti, hwɛ, mede ananafo mereba wo so, amanaman mu anuɔdenfo, na wɔabɛtwetwe wɔn nkrante ahyɛ wo nyansa ahoɔfɛ no, na wɔahura wo hyerɛn ho. Amoa mu na wɔde wo besian akɔ, na woawu atɔfo wu, ɛpo mfinimfini. So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame, wɔ nea okum wo no anim? Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, nea ohwirew wo mu no nsam. Momonotofo wu na wubewu ananafo nsam, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wo de, wone abɔde afɛfɛ mu nea oye, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ. Onyankopɔn turo Eden mu na wote, aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanambo, akaratebo ne bɔwerɛbo, sikaberebo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsramabo ne ahabammono bo ne sika; wo mpintin ne wo bɔmmaa ɔsom wɔ w’anim, ɛda a wɔbɔɔ wo no na wosiesiei. Woyɛ kerub a wɔasra no a ɔkata so, na mede wo misii hɔ; Onyankopɔn bepɔw kronkron so na wowɔ, ogya abo ntam na wonennamee. Wudii mu w’akwan mu, fi da a wɔbɔɔ wo ara de kosii da a wohuu wo mu abusude no. W’aguadi dodow nti na wɔde amimdi hyɛɛ wo ma, na woyɛɛ bɔne, na mahura wo ho atu wo afi Onyankopɔn bepɔw no so, na masɛe wo, kerub a wokata so, afi ogya abo no ntam. W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, matow wo makyene fam, mede wo mato ahene anim sɛ wɔnhwɛ wo. W’amumɔyɛ dodow so, w’aguadi abusude mu woahura w’akronkronne ho, enti mama ogya afi wo mu, na ahyew wo, na madan wo nso, asase so, wɔ wɔn a wɔhwɛ wo nyinaa anim. Wɔn a wonim wo, aman mu nyinaa, wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiriw; na woapatuw asɛe, na wunni hɔ bio de kosi daa. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Sidon, na menya wo mu anuonyam, na sɛ meyɛ no mu atemmude na miyi me kronkronyɛ adi no mu a, wɔahu sɛ mene AWURADE. Na merema owuyare aba mu na mogya agu ne mmorɔn so, na apirafo atotɔ no mu, nkrante a efi mmaa nyinaa bɛba no so no ano, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na nsɔe a ɛwɔ onipa ne ohwirom a ɛyɛ yaw renka hɔ mma Israel fi bio, mfi wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wobu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ minya meboa Israel fi ano fi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, meyi me kronkronyɛ adi wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede memaa m’akoa Yakob no so. Na wɔbɛtena so dwoodwoo asi adan ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, efisɛ mɛyɛ atemmude, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn. Afe a ɛto so du no, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Misraim hene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa; kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae. Na mede akɔtɔkoro mewura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afomfam w’abona ho, na matwe wo afi w’asubɔnten mu aba, ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa; na mɛtow wo akyene sare so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa; sare petee ani na wobɛtɔ, wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano; asase so mmoa ne wim nnomaa na mede wo mɛyɛ wɔn aduan. Na Misraimfo nyinaa behu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ wɔyɛ sakran poma ma Israel fi, woso wo nsa mu a, wubuka suane wɔn mmati nyinaa, na wotweri wo a, wubu ma wɔn sisi nyinaa hinhim, ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede nkrante mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa, na Misraim asase adan afo, na ɛso ada mpan, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ woka sɛ: Asubɔnten no wɔ me, na me ara na meyɛe. Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asuten horow no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwiriwde, afi Siene abantenten ho akosi Etiopia hye so tɔnn. Onipa nan remfa so na aboa nan remfa so na wɔrentena so mfirihyia aduanan. Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow ada mpan, nkurow afoafo mu, mfirihyia aduanan, na mɛbɔ Misraim mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mfirihyia aduanan awiei no mɛboa Misraim ano afi aman a mabɔ wɔn mapete hɔ no mu, na mede Misraim nnommum no masan maba, na mede wɔn maba Patros asase so bio, wɔn asase a wofi so no so, na wɔayɛ ahenni a abrɛ ase wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ ahenni mu nea abrɛ ase, na ɛremma ne ho so bio, amanaman so; na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio. Na ɛrenyɛ Israel fi anidaso bio, na sɛ wɔdan wɔn ani di wɔn akyi a, ɛbɛma makae wɔn amumɔyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Na afe a ɛto so aduonu ason no, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua; n’apaade a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase mɛma no, efisɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Ɛda no na mɛma abɛn bi afifi ama Israel fi, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔn mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mommɔ abubuw! Ao, ɛda no! Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, ɛbɛyɛ awerɛhow da, ɛbɛyɛ bere bɔne ama amanaman. Na nkrante bɛba Misraim so, na nketenkete akita Etiopia, ɛbere a apirafo retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akɔ na wɔredwiriw ne nnyinaso no. Etiopia ne Put ne Lidia ne afrafrafo dɔm nyinaa ne Kub ne apam asase no sofo ne wɔn bɛtotɔ nkrante ano. Sɛ AWURADE se ni: Wɔn a wokura Misraim mu bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase; efi Migdol kosi Siene abantenten ho bɛtotɔ nkrante ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na wɔbɛyɛ pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow afra nkurow afoafo mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE, bere a meresɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafo nyinaa no. Ɛda no abɔfo befi m’anim afi adi, ahyɛn mu, akɔma Etiopia a ɛwɔ hɔ anibiannaso so no abɔ piriw, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede Babel hene Nebukadnesar nsa metwa Misraim asafo yuu no to. Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman anuɔdenfo no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrante ahyɛ Misraim, na wɔde atɔfo ahyɛ asase no ma. Na mɛma nsubɔnten no ayoyow, na matɔn asase no mahyɛ abɔnefo nsa, na mede ananafo nsa mayɛ asase no pasaa; me, AWURADE, na maka. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛsɛe ahoni huhuw no na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis, na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so. Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmude no wɔ Tebes, na mahwie m’abufuhyew magu Sin, Misraim aban a ɛyɛ den no so, na matwa Tebes asafo yuu no to. Na mɛto Misraim mu gya; Sin behu ayayade, na wɔde Tebes bɛma ma wɔabu afa mu, na Memfis behu ahohiahiafo awia, On ne Pi-beset mmerante bɛtotɔ nkrante ano, na emutefo akɔ nnommumfa mu; Tehafnehes nso, ɛda no beduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔndua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to betwa wɔ ne mu, na omununkum bɛkata no so, na ne mmabea akɔ nnommumfa mu. Na mɛyɛ atemmude Misraim, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na afe a ɛto so dubiako no sram a edi kan no da a ɛto so ason no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Misraim hene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntamabamma rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi aso nkrante mu. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne Misraim hene Farao anya, na merebebu n’abasa no, nea ɛyɛ den ne nea abu no, na mama nkrante no afi ne nsa atɔ fam; na mɛbɔ Misraimfo apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so. Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim. Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa agu fam, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mede me nkrante merehyɛ Babel hene nsa, na wateɛ Misraim asase no so, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na afe a ɛto so dubiako no, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ Misraim hene Farao ne n’asafo yuu no sɛ: Wote sɛ hena, wo kɛseyɛ mu? Hwɛ, Asaria yɛ Lebanon so kyeneduru, n’abaa fɛfɛ, n’ahaban kusuu a ɛma onwini, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ amununkum ntam. Nsu ma ɛyɛɛ kɛse, ebun ma ɛkorɔnee. Ne nsuten sen twaa ne mfuw ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wuram nnua nyinaa ho. Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn sen wuram nnua nyinaa, n’abaa akɛse wowaree atenten, nsu dodow a enyae a eyiyi abaa no nti. N’abaa frɔmfrɔm no mu na wim nnomaa nyinaa yeyɛɛ mmerebuw, na n’abaa akɛse no ase na wuram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwini mu na amanaman akɛse nyinaa tenae. Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu, ne nnubaa tentenyɛ mu, efisɛ ne ntini wɔ nsu bebree ho; nkyeneduru ankyɛn no, Onyankopɔn turo mu, apopaw nnua nte sɛ n’abaa frɔmfrɔm, na ɔkyɛnkyɛn nte sɛ n’abaa akɛse; dua biara nni Onyankopɔn turo mu a ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu; mede ne nnubaa dodow meyɛɛ no fɛfɛ ma Eden nnua a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu no nyinaa ani bere no. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ ɛware ne korɔn mu na eyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ amununkum mu, na ne koma homanee n’ahantan mu nti, mede no mehyɛɛ amanaman tumfo nsa; odi na ɔne no dii, n’abɔnefosɛm nti na mituu no. Na ananafo, amanaman mu anuɔdenfo, tow no gui na wogyaw no; mmepɔw so ne abon nyinaa mu na ne nnubaa gugui, na n’abaa akɛse no bubui asase so nsubon nyinaa mu, na asase so aman nyinaa fii ne nwini no mu sian kɔ gyaw no. Ne dutan a ɛda fam no so na wim nnomaa nyinaa sisii, na n’abaa akɛse no so na wuram mmoa nyinaa wɔ. Ɛyɛɛ saa na nsu ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa, amununkum mu, na wɔn atumfo amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, efisɛ wɔde wɔn nyinaa ama owu akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma nyinaa mu, akɔ wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a osian kɔɔ asaman no, memaa nkɔmmɔdi bae, ne nti memaa ebun so katae, na misiw ne nsubɔnten ano, na wosiankaa nsu bebree no; na memaa Lebanon furaa no so birisi tumm, na ne nti wuram nnua nyinaa botowee. N’asehwe gyegyeegye so memaa amanaman wosowee, bere a mereduru no makɔ asaman maka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon ade a wɔapaw a eye no, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, bo tɔe, asase ase. Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwini mu, amanaman mu no, wɔne no sian kɔɔ asaman kɔɔ nkrante ano atɔfo nkyɛn. Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataforo ho na wɔde wo toe, nso wo de, woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa, na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu, na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede m’asawu mɛtrɛw wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba, na mɛtow wo akyene fam, na matow wo agu sare ani, na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee. Na mede wo nam mɛto mmepɔw so, na mede w’afunu mahyɛ abon ma, na mama asase no anom wo nsu a efi wo mogya mu akodu mmepɔw ho, na woahyɛ nsubon no mama. Na sɛ midum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede omununkum mɛkata owia ani, na ɔsram renharan. Mɛma ɔsoro akanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mehuru aman bebree koma, bere a mede wo bɔ mɛba amanaman mu, nsaase a wunnim so no so; na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiriw, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahene so bere a mihwinhwim m’afoa wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo bere nyinaa mu, wɔn nyinaa kra mmiako mmiako nti, w’asehwe da no. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Babel hene nkrante bɛba wo so. Nnɔmmarima nkrante na mede mɛma w’asafo yuu no atotɔ, amanaman mu anuɔdenfo ne wɔn nyinaa, na wɔbɛsɛe Misraim ahantan, na wɔadwerɛw n’asafo yuu nyinaa. Na mɛdwerɛw n’afieboa nyinaa afi nsu akɛse no ho, na onipa nan renhaw no bio, na afieboa ntɔte rensɛe no bio. Ɛno na mɛma wɔn nsu ani agyen, na mama wɔn nsubɔnten asen sɛ ngo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛbere a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛbere a mekum wɔn a wɔte so no nyinaa no, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Kwadwom a wɔde besu no ni, amanaman mmabea de besu no, wɔde besu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfo mmabea nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho. Hena na wosen no ahoɔfɛ? Sian na da momonotofo nkyɛn! Nkrante ano atɔfo mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrante; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ. Nnɔmmarima mu atumfo ne n’aboafo fi asaman ka kyerɛ no sɛ: Momonotofo a wɔde nkrante akunkum wɔn no asian deda hɔ. Ɛhɔ na Asaria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano; wɔabɔ ne da amoa mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damoa ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, wɔn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no. Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, momonotofo a wɔasian kɔ asase ase tɔnn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora. Atɔfo mu na wɔatow no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, na wɔakunkum wɔn nkrante ano; efisɛ wɔn ho hu kaa nnipa ateasefo asase so nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfo mu. Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne n’asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, wɔakunkum wɔn nkrante ano, efisɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefo asase so; na wɔrenneda momonotofo mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akode asian kɔ asaman na wɔde wɔn nkrante ahyehyɛ wɔn ti ase nkyɛn; na wɔn amumɔyɛde aba wɔn nnompe so, efisɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefo asase so. Na wo nso wobebubu wo momonotofo mu, na wo ne nkrante ano atɔfo adeda. Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahene ne n’abirɛmpɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrante ano atɔfo nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu; wɔn nso ne momonotofo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no deda hɔ. Ɛhɔ na benkum fam ahemfo nyinaa wɔ, ne Sidonfo a wɔne atɔfo asian kɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yii no mu, wɔn ani awu na wɔdeda hɔ sɛ momonotofo keka nkrante ano atɔfo ho, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no soa wɔn ahohora. Wɔn na Farao behu wɔn, na ne werɛ akyekye, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrante ano atɔfo ne Farao ne ne dɔm nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mema oyii hu, ateasefo asase so, enti na wɔde no ato momonotofo mu aka nkrante ano atɔfo ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrante meba asase bi so, na asase no sofo no yi wɔn mu bi, na wɔde no si wɔn so wɛmfo, na ohu nkrante sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛn torobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ, na ɔtefo te torobɛnto no hyɛn na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrante no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bebua n’atifi. Ɔtee torobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no, ne mogya ngu no so! Na sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka wagye ne kra. Na sɛ ɔwɛmfo no hu nkrante sɛ ɛreba, na wanhyɛn torobɛnto ammɔ ɔman no kɔkɔ, na nkrante no ba bekum wɔn mu bi a, ɔno de, n’amumɔyɛ mu na wɔafa no kɔ, na ne mogya de, mebisa no ɔwɛmfo no nsam. Na wo, onipa ba, mede wo masi ɔwɛmfo mama Israel fi, na tie m’anom asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ. Sɛ meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Ɔbɔnefo, owu na wubewu, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu, na ne mogya de, wo nsam na mebisa. Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsan mfi so, na wansan amfi ne kwan so a, ɔno de, obewu n’amumɔyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa. Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fi sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛw yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yebenya nkwa? Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi? Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔtreneeni trenee renyi no ne mmarato da no, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsan afi n’abɔnefosɛm mu no, na ɔtreneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no. Sɛ meka mekyerɛ ɔtreneeni sɛ: Wubenya nkwa, na ɔde ne ho to ne trenee so na ɔyɛ amumɔyɛde a, wɔrenkae ne trenee no nyinaa, na n’amumɔyɛde a wayɛ no mu ara na obewu. Na meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na ɔsan fi ne bɔne mu bɛyɛ atemmude ne atreneede, na sɛ ɔbɔnefo dan awowaside kɔma, ɔhyɛ nea ɔfomee no ananmu, ɔnantew nkwa ahyɛde mu sɛ ɔrenyɛ amumɔyɛde a, onya na obenya nkwa, ɔrenwu; ne bɔne a ɔyɛe no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmude ne atreneede, nkwa ara na obenya. Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Na wɔn mmom na wɔn kwan nteɛ. Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho na ɔyɛ amumɔyɛde a, emu na obewu; na sɛ ɔbɔnefo san fi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmude ne atreneede a, ɛno ara so na obenya nkwa; nanso moka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Sɛ obiara kwan te no, saa ara na mebu mo atɛn, Israel fi. Na yɛn tukɔ afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so anum no, oguanfo bi fi Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kurow no. Nso na AWURADE nsa aba me so anwummere no, ansa na oguanfo no bae, na obuee m’anom kosii sɛ ɔbaa me nkyɛn anɔpa, na wobuee m’anom, na mantɔ mum bio. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni. Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mudidi gu mogya so, na moma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuw, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa? Mugyinagyina mo nkrante so, moyɛ akyide, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa? Sɛ ka kyerɛ wɔn ni: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no so no, nkrante ano na wɔbɛtotɔ; na nea ɔwɔ wuram no, mmoadoma na mede no mɛma ma wɔadi; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyare na ebekunkum wɔn. Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to betwa, na Israel mmepɔw adannan afo a obi bi remfa so; na wɔn akyide a wɔyɛe no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasu ho ne adan no apon ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmetie asɛm ko a efi AWURADE nkyɛn ba no ɛ! Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi. Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so. Na enya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wobehu sɛ odiyifo atena wɔn mu pɛn. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn? Mudi srade no, na mufura nguan no ho nwi; nea wadɔ no, mukum no; na nguankuw no de, monyɛn wɔn. Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so. Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansamee, efisɛ wonni ɔhwɛfo, na wɔdannan wuram mmoa nyinaa aduan, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa. Me nguan wɔ mmepɔw nyinaa ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obi nni hɔ a obisa, na obi nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn. Enti, mo nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm! Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ me nguan adan afow ade, na me nguan adan wuram mmoa nyinaa aduan, sɛ wonni hwɛfo nti, na me nguanhwɛfo mmisaa me nguan akyi kwan, na mmom nguanhwɛfo no yɛn wɔn ho, na me nguan no de, wɔanhwɛ wɔn nti, mo nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne nguanhwɛfo no anya, na mebisa me nguan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nguanhwɛ adwuma no yɛ, na nguanhwɛfo no anyɛn wɔn ho bio, na magye me nguan afi wɔn anom, na wɔanyɛ wɔn aduan bio. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ara mebisa me nguan, na mahwehwɛ wɔn akyi kwan. Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no. Na meyi wɔn afi aman mu, na maboa wɔn ano afi nsaase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛn wɔn, Israel mmepɔw so, nsubon mu ne asase no so tenabea nyinaa; adidibea pa na mɛyɛn wɔn, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn beae; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ adidibea pa, na wɔadi aduan pa, Israel mmepɔw so. Me ara na mɛyɛn me nguan, na me ara mɛma wɔabutubutuw, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu. Na mo, me nguan, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebu oguan ne oguan, adwennini ne mpapo ntam atɛn. So ɛyɛ mo adewa sɛ mudidi adidibea pa, na mo adidibea nkae no, mode mo nan tiatia so? Na monom nsu a agyen, na mode mo nan fono nkae no? Na me nguan no de, wonni nea mode mo nan atiatia so na wɔnnom nea mode mo nan afono no? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn ni: Hwɛ, me ara mebu nguan a wɔadɔ srade ne nguan a wɔafɔn no ntam atɛn. Esiane sɛ mode mfem ne mmati sunsum na mode mo mmɛn sisi ayarefo nyinaa kosi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti, megye me nguan nkwa na wɔrenyɛ afow ade bio, na mebu oguan ne oguan ntam atɛn. Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo; na me, AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu birɛmpɔn; me, AWURADE, na maka. Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu. Na mɛma wɔn ne nsaase a ɛdeda me koko ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su; na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔndua na mayi wɔn afi wɔn a wodi wɔn nya nsam. Na wɔrenyɛ amanaman afow ade bio, na asase so mmoa rensɛe wɔn bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu. Na mesiesie afuw a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɔkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio; na wobehu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn te, na wɔne me man Israel fi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mone me nguan, m’adidibea nguan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Seir bepɔw na hyɛ nkɔm tia no, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔw, na mɛteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ afo ne ahodwiriwde; mɛma wo nkurow adeda mpan, na w’ankasa woadan afo, na woahu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ wukuraa daa nitan, na wuyii Israel mma hyɛɛ nkrante nsa, wɔn amane bere mu, wɔn asotwe a edi akyiri no mu nti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mede wo mɛyɛ mogya, na mogya atiw wo; sɛ woantan mogya nti, mogya ara na ebetiw wo! Na mɛyɛ Seir bepɔw ahodwiriwde ne afo, na matwa nea ɔresen ne nea ɔresan afi mu, na mede atɔfo mahyɛ ne mmepɔw amaama; wo nkoko so ne w’abon mu ne wo nsubon nyinaa mu na nkrante ano atɔfo begugu. Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkurow no, obi rentena mu, na moahu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ woka sɛ: Aman abien yi ne nsaase abien yi, bɛdan me de na yɛafa adi so, nanso AWURADE wɔ hɔ, enti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, me ne wo bedi no sɛ w’abufuw ne wo ninkunu a wo tan a wotan wɔn no nti wotwee no te, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn no; na wubehu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔw no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yenni, no nyinaa. Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛbere a asase no nyinaa ani begye no, wo de, mɛyɛ wo afo. Sɛ w’ani gyee Israel fi agyapade ho sɛ ayɛ afo nti no, saa ara na mɛyɛ wo, afo ara na Seir bepɔw ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔw, muntie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ ɔtamfo ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn de, nti! Hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ma moadannan apɛgyade ama amanaman no nkae, na ɔkasafo tɛkrɛma da mo so na nkurɔfo sopa mo nti, mo, Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkurow a wɔagyaw a adannan afow ade ne fɛwdi ama amanaman nkae a ɛwowɔ ho hyia no, enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mekasa mitiaa amanaman nkae no ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyade, wɔn koma nyinaa anigye ne ɔkra ho mpeto mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ afow ade. Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibere mu na mekasa, efisɛ moasoa amanaman ahohora; enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Me na mama me nsa so; ampa ara, amanaman a ɛwowɔ mo ho hyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora. Na mo, Israel mmepɔw, mubeyiyi mo abaa na moasow mo aba ama me man Israel, efisɛ wɔabɛn reba. Na hwɛ, meredi mama mo, na madan maba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔw mo, na wɔadua mo so aduan. Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fi nyinaa, na wɔbɛtenatena nkurow no mu na wɔakyekyere afoafo no. Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔ awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ mo kan bere no, na mayɛ mo yiye asen mo mfiase, na moahu sɛ mene AWURADE. Na mɛma nnipa anantew mo so, me man Israel no, na wɔafa wo ayɛ wɔn de, na woayɛ wɔn agyapade, na worenkɔ so mma wonni mmasigyaw bio. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Woyɛ nnipadifo, na woma wo man di mmasigyaw nti, worenni nnipa nna bio, na woremma wo manfo nni mmasigyaw bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasigyaw bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Israel fi tenaa wɔn asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nsɛnnii guu ho fi; wɔn bra no te sɛ ɔbea a wayɛ bra fi wɔ m’anim. Ɛnna mihwiee m’abufuhyew miguu wɔn so, mogya a wohwie guu asase no so no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti; na mepansam wɔn miguu amanaman mu, na wɔhwetee wɔn mu guu nsaase so; wɔn bra ne wɔn nsɛnnii so na mibuu wɔn atɛn. Na woduu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wohuraa me din kronkron no ho, sɛ wɔkae wɔn ho sɛ: AWURADE man ne eyinom, nanso wɔafi n’asase so kɔ. Ɛnna mekyɛee me din kronkron a Israel fi huraa ho, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no so. Ɛno nti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Israel fi, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a muhuraa ho, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu no nti. Na mɛyɛ me din kokuroko a wɔahura ho, amanaman mu, na moahura ho wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn aniwa mu; na mɛfa mo afi amanaman no mu, na maboaboa mo ano afi nsaase no nyinaa so, na mede mo asan aba mo asase so. Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi, na mɛma mo koma foforo, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na meyi ɔbo koma no afi mo honam mu, na mama mo ɔhonam koma. Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na mama moanantew m’ahyɛde so, na moahwɛ m’atemmude ayɛ. Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn. Na megye mo afi mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so, na mɛma nnua aba ne mfuw mu nnɔbae adɔɔso, na moansoa ɔkɔm ho nsopa, amanaman mu bio. Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a enye no, na mo amumɔyɛ ne mo akyide no nti, mo ho ayɛ mo nwini, mo anim. Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, munhu no sa. Momma mo ani nwu na mo anim ngu ase mo akwan ho, Israel fi. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a mɛtew mo ho afi mo amumɔyɛde nyinaa mu no, mɛma nnipa asan atenatena nkurow no mu, na wɔakyekyere afoafo no, na wɔadɔw asase a ɛda hɔ hunu no asi ne hunu a ɛdae, wɔn a wotwam nyinaa anim, no ananmu; na wɔbɛka sɛ: Asase yi a ɛdaa hɔ hunu no na adan sɛ Eden turo yi, na nkurow afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwiriw no na wɔatoto ho afasu tete mu yi. Ɛnna amanaman a ɛbɛka mo ho ahyia no behu sɛ me, AWURADE, na masisi nea adwiridwiriw no na matɛw nea ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw; sɛ nguankuw kronkron, sɛ Yerusalem nguankuw te n’afahyɛ ase no, saa ara na nnipa akuakuw bɛyeyɛ nkurow afoafo no amaama, na wɔahu sɛ mene AWURADE. AWURADE nsa baa me so, na AWURADE de me fii adi honhom mu, na ɔde me kosii obon kɛse a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu; na ɔma mefaa so mikyini mihyiae, na hwɛ, ɛdɔɔso pa ara obon no ani, na hwɛ, ɛho awo akokwaw sɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so nnompe yi benya nkwa anaa? Na mise: AWURADE Nyankopɔn, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi so nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwaw, muntie AWURADE asɛm. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi ni: Hwɛ, merema honhom abɛhyɛn mo mu na moanya nkwa. Na mede ntini mesuso mo mu, na mede nam agu mo so, na mede were makata mo ho, na mede honhom mahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahu sɛ mene AWURADE. Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, ɔwosow bi ni, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho. Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na nam baa ho, na were bɛkataa so, nanso na honhom bi nni mu. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ honhom no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ honhom no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Honhom, fi mframa anan no so bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wonnya nkwa. Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na honhom no baa wɔn mu, na wonyinyaa nkwa, na wogyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fi no nyinaa; hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwaw, na yɛn anidaso ayera; wɔatwa yɛn korakora! Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebuebue mo adamoa ano mafa mo, me man, afi mo adamoa mu, na mede mo akɔ Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamoa ano, me man, na mama moafi mo adamoa mu aba. Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm ni. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua. Na pata n’abien no bom yɛ no dua koro, na ɛnyɛ biako wo nsam. Na sɛ wo man mma ka kyerɛ wo sɛ: So worenkyerɛ yɛn nea wode eyinom yɛ a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merefa Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam no ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no, mede wɔn maka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ biako, me nsam. Na nnua a woakyerɛkyerɛw so no ntena wo nsam, wɔn anim; na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afi amanaman a wɔakokɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afi mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn makɔ wɔn asase so, na mede wɔn mayɛ ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔw no so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahenni abien bio, na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ, na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa. Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa. Na me tenabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman, na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE a metew Israel ho, bere a me kronkronbea si wɔn mu kosi daa no. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, yi w’ani hyɛ Gog, Magog asase so, Ros, Mesek ne Tubal abirempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn! Na mɛdannan wo, na mede akɔtɔkoro mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔfo a wɔn nyinaa hyehyɛ ntade afɛfɛ, asafo bebree, akyɛm akɛse ne nkumaa a wɔn nyinaa kurakura nkrante no aba, Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ akyɛm ne dade kyɛw; Gomer ne n’asafotow nyinaa, Togarma fi a ɛwɔ benkum fam tɔnn ne n’asafotow nyinaa; aman pii ka wo ho. Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo horow a wɔaboaboa wɔn ho ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn, ɔhwɛfo. Nna pii akyi no wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfe a edi akyiri no mu, wobɛba asase a wɔadan ɛsofo afi nkrante ano de wɔn abesi hɔ na wɔaboa wɔn ano afi aman bebree mu no so, Israel mmepɔw a ɛdedaa mpan daa no so: Na afei wɔayi ɔman no afi aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo; na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ omununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotow no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne, na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no so makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na wonni aponkɛse ne akyiri adaban, sɛ worekɔfa asade na woafow afow ade, na woadan wo nsa ahyɛ amamfo a afei wɔtete mu, ne ɔman a wɔaboaboa wɔn ano afi amanaman mu na wɔanya mmoa ne nneɛma na wɔte asase mfinimfini no. Seba ne Dedan aguadifo, ne Tarsis adetɔnfo no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asade na worebɛfa yi? Afow nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nneɛmanneɛma na woafom asade bebree yi? Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wubehu, na wubefi wo tenabea benkum fam ano noho tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafo kɛse ne dɔm a ɛso, na wubetu aba me man Israel so sɛ omununkum abɛkata asase no so? Nna a edi akyiri no mede wo mɛba m’asase so, na amanaman ahu me, bere a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim no, oo, Gog! Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So wone nea mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifo a wɔkaa adiyisɛm nna no mu mfe mfe no, so mekae sɛ mede wo mɛba wɔn so no? Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel so no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, m’abufuw mu yamgya bɛdɛw, na me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no, ɔwosow kɛse bɛba Israel asase so, na ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa bɛwosow m’anim, ne wuram mmoa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase ani nyinaa, na mmepɔw bedwiriw agu, na abotan atenten ahwehwe ase, na afasu nyinaa ahwehwe ase. Na mɛfrɛ nkrante mahyɛ no, me mmepɔw nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wɔn nyinaa nkrante, obi de bɛka ne nua; na mede owuyare ne mogya ne wɔn bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so. Na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na wo, onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn! Na mɛdannan wo na maka wo, na mama woatu afi atifi fam ano noho tɔnn aba, na mede wo maba Israel mmepɔw so; na mɛbɔ wo ta so afi wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afi wo nsa nifa mu atotɔ; Israel mmepɔw so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotow nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a edi nam, ntakraboa nyinaa ne wuram mmoa na mede wo mɛyɛ wɔn aduan; tataw ani na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsupɔw so dwoodwoo no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Na mɛma wɔahu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wonhura me din kronkron no ho bio, na amanaman ahu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no. Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no. Ɛnna Israel nkurow mufo befifi adi akɔto akode no mu gya ahyew, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛse, ta ne agyan ne mporibaa ne mpeaw, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfe asɔn; na wɔrenkɔ wuram anyina, na wɔrentwa ebi mfi kwae mu, na akode no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn, na wɔafow wɔn a wɔfow wɔn no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na ɛda no, mɛma Gog afa bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ no asiei Israel mu, akwantemfo bon a ɛwɔ ɛpo no anim fam no, na ebesiw akwantemfo kwan, na ɛhɔ na wobesie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bon. Na Israel fi besie wɔn sɛ wɔde redwira asase no asram asɔn; na asase no so aman no nyinaa besie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a menya anuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na wobeyiyi nnipa ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no so no de adwira; asram ason akyi no, wɔbɛtwee ahwehwɛ; na anantefo no kyini asase no so, na wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ ho agyirae de akosi sɛ asiefo no bɛba abesie no, Gog asafo yuu bon no mu. Na kurow bi din nso bɛyɛ Hamona. Sɛɛ na wobedwira asase no. Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa, ne wuram mmoa nyinaa sɛ: Munhyia mmra, mommoa mo ho ano mfi mmaa nyinaa mmra me kum afɔre a makum mama mo no ho, Israel mmepɔw so kum afɔre kɛse, na mummedi nam na monnom mogya; nnɔmmarima nam na mubedi, na asase so abirempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nguanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan nyɛmmoa ara nko; na mubedi srade amee, na moanom mogya abow, me kum afɔre a mikum memaa mo no mu, na apɔnkɔ ne apɔnkɔfo, nnɔmmarima ne akofo nyinaa bɛmee mo, me pon so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na mede m’anuonyam mesi amanaman mu, na amanaman nyinaa ahu m’atɛn a mabu ne me nsa a mede mato wɔn so; na Israel fi behu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn afi da no de akɔ, na amanaman no behu sɛ Israel fi amumɔyɛ nti na wotuu wɔn kɔe; efisɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na miyii m’ani mihintaw wɔn, na mede wɔn mehyɛɛ wɔn ahohiafo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ nkrante ano; wɔn fi ne wɔn mmaratode so na me ne wɔn dii, na miyii m’ani mihintaw wɔn. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Afei mede Yakob nnommum no mɛsan maba, na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu, na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa bere a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obi nni hɔ a oyi wɔn hu no, bere a makɔfa wɔn afi aman mu masan aba, na makɔboaboa wɔn ano afi wɔn atamfo nsaase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no. Na wobehu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ mema wotuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn mebaa wɔn asase so bio na mannyaw wɔn mu bi wɔ hɔ bio. Na merenyi m’ani minhintaw wɔn bio, efisɛ mahwie me honhom agu Israel fi so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Yɛn tukɔ afe a ɛto so aduonu anum no, afe no asefi mu ɔsram no da a ɛto so du no, kurow no bɔ akyi afe a ɛto so dunan mu no, ɛda no ara na AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ; Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam. Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere de ni, na siwabiri hama ne susuw demmire kura ne nsam, na ogyina ɔponkɛse no ano. Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi. Na hwɛ, ɔfasu atwa ofi no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tenten yɛ basafa abiɛsa wɔ ne nsam, ne nsam trɛw da anammɔn biako ne fa biara so, na osusuw ɔfasu no trɛw, demmire no biako, na ne korɔn nso demmire biako. Ɛnna ɔbaa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam kwan so no ho, na ɔforoo n’atrapoe no, na osusuw ɔponkɛse no ano, ɔpon ase a ne trɛw yɛ demmire biako, ɛne ɔpon ase biako a ne trɛw yɛ demmire biako. Ne pia atwemu demmire biako ne ne trɛw demmire biako; ne mpia no ntam basafa abien ne fa abien ne fa; ne ɔponkɛse no pon ase a ɛwɔ ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no ho no, demmire biako; na osusuw ɔponkɛse no ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no, demmire biako; na osusuw ntwironoa no basafa anan, ne n’adum no, basafa baako, na ntwironoa no kyerɛ ofi no emu fam. Na apuei fam ponkɛse no mpia no, abiɛsa wɔ ha na abiɛsa wɔ ha, n’abiɛsa nyinaa nsusuwii yɛ biako, na ha ne ha adum no nsusuwii yɛ biako. Na osusuw ɔponkɛse no ano trɛw basafa anum, na ɔponkɛse no atwemu si basafa asia ne fa. Na mpia no anim hyekwan anammɔn biako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia biako yɛ basafa abiɛsa wɔ ha ne basafa abiɛsa wɔ ha. Na osusuw ɔponkɛse no fii pia biako atifi de kosii biako atifi, ne trɛw basafa dumien ne fa, ɔpon ne ɔpon di nhwɛanim. Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abangua a etwa ɔponkɛse no ho hyiahyia. Na efi ɔponkɛse a wɔfa mu hyɛn mu no anim kosi emu fam ponkɛse no ntwironoa anim yɛ basafa aduonum anum. Na mfɛnsere ahunaniankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho kɔ ɔponkɛse no mu fam de twa ho hyiahyia, ne ntam fasu no ho saa ara, na mfɛnsere twa mu hyiahyia, na mmɛ wowɔ adum no ho. Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛho fam abangua no so, na hwɛ, adammaa wowɔ hɔ, ne abo nsɛwee a wɔayɛ abangua so hɔ atwa ahyia; adammaa aduasa na ɛwɔ abo nsɛwee no ho; na abo nsɛwee no wɔ aponkɛse no nkyɛn mu ma ɛne aponkɛse no atwemu sɛ; ɛne ase abo nsɛwee no. Na osusuw akyiri abangua no, ne trɛw fi ɔponkɛse no anim de kosi emu fam abangua no anim, basafa aduonum, apuei fam ne atifi fam. Na ɔponkɛse a ani kyerɛ fam, ɛho fam abangua no ho no, osusuw ne ntwemu ne ne trɛw, ne ne mpia, abiɛsa wɔ ha, na abiɛsa wɔ ha, ne n’adum, ne ne ntam fasu; ne nsusuwii te sɛ kan ponkɛse no de no, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; na ne mfɛnsere ne ntam afasu ne mmɛ no nsusuwii te sɛ ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no de no; na ntrapoe ason na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasu no sisi anim. Na emu fam abangua no ponkɛse si ɔponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam ne nea ɛkyerɛ apuei fam no ntentenso, na osusuw fii ɔponkɛse ano kosii ɔponkɛse ano basafa aduonum. Ɛnna ɔde me kɔɔ anafo fam, na hwɛ, ɔponkɛse wɔ anafo fam nso, na osusuw n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te; na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia sɛ saa mfɛnsere no te; ne ntwemu basafa aduonum na ne trɛw basafa dumien ne fa, na n’aforoe yɛ ntrapoe asɔn, na ne ntam fasu sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, biako wɔ ha na biako wɔ ha, n’adum ho. Na emu fam abangua no ponkɛse wɔ anafo fam, na osusuw fii ɔponkɛse ano de kosii ɔponkɛse ano anafo fam basafa aduonum. Ɛnna ɔde me faa nifa fam ponkɛse no mu kɔɔ emu fam abangua so; na osusuw nifa fam ponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te, ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere wowɔ ho ne ne ntam fasu ho hyia; ne ntwemu si basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; na ntam fasu twa ho hyia, ne ntwemu basafa dumien ne fa, na ne trɛw basafa abien ne fa; na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoe no yɛ ntrapoe awotwe. Ɛnna ɔde me kɔɔ emu fam abangua no so apuei fam; na osusuw ɔponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te, na ne mpia na n’adum ne ne ntam fasu te sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe. Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛse no ano, na osusuwii sɛ saa nsusuwii no te, ne mpia, n’adum ne ne ntam fasu; na mfɛnsere twa ho hyia; ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; na ne ntam fasu kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe. Na ɔdammaa ne ano pon wowɔ aponkɛse no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔre ho. Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre; na ntwironoa no akyi nkyɛn mu a ɛda nea woreforo akɔ ɔponkɛse no ano no benkum fam hɔ, apon abien sisi hɔ, na ɔponkɛse no ntwironoa no nkyɛn mu ha nso, apon abien nso sisi hɔ; apon anan wɔ ɔfa ha, na apon anan nso wɔ ɔfa ha, ɔponkɛse no nkyɛn mu, apon awotwe ho na wokum mmoa; na apon anan sisi aforoe no ho, ɛyɛ abo a wɔasen, ne ntwemu basafa biako ne fa, ne trɛw basafa biako ne fa, ne korɔn basafa biako; ɛno so na wɔde ade a wɔde kum ɔhyew afɔre ne okum afɔre no gu; na akɔtɔkoro nta a ɛyɛ nsam trɛw hyehyɛ ɔdan no mu hyia; na apon no so na wɔde ayɛyɛde nam no gu. Na emu fam ponkɛse no akyi na adammaa abien wowɔe, emu fam abangua no so, biako si benkum fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ anafo fam, biako nso si anafo fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ atifi fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɔdammaa a ani kyerɛ anafo fam yi yɛ asɔfo a wɔhwɛ ofi no so no dea, na ɔdammaa a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Wɔne Sadok mma a wofi Lewifo no mu a wɔbɛn AWURADE bɛsom no no. Na osusuw abangua no atwemu basafa aduonum ne ne trɛw basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔremuka si ɔdan no anim. Ɛnna ɔde me kɔɔ ɔdan no ntwironoa mu, na osusuw ntwironoa no adum no, basafa abien ne fa wɔ ha na basafa abien ne fa wɔ ha, ne ɔponkɛse no trɛw, biako ne fa wɔ ha na basafa biako ne fa wɔ ha; ntwironoa no ntwemu si basafa du, na ne trɛw si basafa anum ne fa, ntrapoe a wɔforo kɔ mu no so; na adum nkuruwankuruwa sisi ntwironoa adum no anim, biako wɔ ha na biako wɔ ha. Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na osusuw adum no: Basafa abiɛsa trɛw wɔ ha na basafa abiɛsa trɛw wɔ ha, ɛne ntamadan no trɛw. Na ano kwan trɛw si basafa anum, na ano kwan no nkyɛn nkyɛn yɛ basafa abien ne fa wɔ ha ne basafa abien ne fa wɔ ha; na osusuw ne ntwemu basafa aduonu ne ne trɛw basafa du. Ɛnna ɔkɔɔ emu fam kosusuw ɔpon ano adum no basafa baako, ne ɔpon no basafa abiɛsa, ne ɔpon no trɛw basafa abiɛsa ne fa; na osusuw ne ntwemu basafa du ne ne trɛw basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkron. Ɛnna osusuw ɔdan no fasu basafa abiɛsa, ne ɛho mpia no trɛw basafa abien de twaa ɔdan no nyinaa ho hyiae; na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahorow abiɛsa, ne saa ahorow aduasa, na ɛkɔ ɔfasu a ɛwɔ ɔdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma esuso mu, nanso ensuso ɔdan no fasu mu; na mpia no rekɔ soro hyia no na emu retrɛw, na ɔdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɔdan no ho hyia, enti emu trɛwee ɔdan no ho wɔ soro, na ne saa fi ase de no mu fa mfinimfini de no mu kɔ soro de no mu. Na mihuu ɔdan no ho bamma a etwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinaso, ne nhyɛase korɔn du basafa abiɛsa demmire no pɛ. Nkyɛn mu mpia no akyiri fasu no trɛw si abien ne fa, na nea wogyawee ɔdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara. Na adammaa no ntam trɛw yɛ basafa du de twa ɔdan no ho hyia twem. Na nkyɛn mu mpia no apon ano kwan kɔ nea wogyawee no so, ɔpon ano biako kyerɛ benkum fam, na ɔpon ano biako wɔ nifa fam, na ɔkwan a wogyawee no trɛw si basafa abien ne fa twa ho hyia. Na ɔdan a esi ofi no akyi adiwo atɔe fam no trɛw si basafa aduasa anum, na ɔdan no fasu trɛw si basafa abien ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu si basafa aduanan anum. Na osusuw ɔdan no atwemu basafa ɔha, ne afikyiri adiwo ne ɛhɔ dan no ne n’afasu atwemu basafa aduonum; na ɔdan no anim trɛw ne afikyikuaa no de, apuei fam, si basafa aduonum. Saa na osusuw ɔdan a esi afikyikuaa no anim a ekoduu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ha ne ha ntwemu basafa aduonum, ne emu fam asɔredan no ne abangua no ntwironoa. Apon ase ne mfɛnsere ahunaniankansa ne mmrannaa a etwa n’abiɛsa no ho hyia no, apongua a wɔde dua adura ho ahyia no ne fam de kɔka mfɛnsere no ho no, ne mfɛnsere a wɔakatakata ho no, apon ano atifi hɔnom, ɔdan no mu fam ne akyi fam ne afasu no nyinaa twem, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuwii. Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ne kerub ntam, na kerub biara wɔ anim abien, na onipa anim kyerɛ abɛ ɔfa ha, na gyata anim kyerɛ abɛ ɔfa ha; wɔyɛe ɔdan no mu nyinaa hyiae; efi fam kosi pon no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no, asɔredan no fasu ho. Asɔredan no wɔ apongua ahinanan, na kronkronbea no anim wɔ ne de saa ara. Afɔremuka no yɛ dua, ne korɔn basafa biako ne fa, na ne ntwemu basafa baako, na ne twea ne ne nnyinaso ne n’afasu yɛ dua; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne ɔpon a esi AWURADE anim. Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apon abien. Na apon no yɛ ntanta, apon mmukawmu abien abien; abien yɛ ɔpon biako de, na apon abien yɛ biako de; na wɔayɛ asɔredan ano apon no so kerubim ne mmɛ, sɛnea wɔyɛe afasu no ho no; na dua ntiaso wɔ ntwironoa no anim adiwo fam. Na mfɛnsere ahunaniankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwironoa no nkyɛn mu ne ɔdan no nkyɛn mu mpia ne nkataso mpuran no ho. Ɛnna ɔde me fii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abangua no so, na ɔde me kɔɔ adammaa a ɛda afikyikuaa ne ɛhɔ dan no ntentenso a ɛkyerɛ atifi fam no ho, ne ntwemu ho, esi basafa aduonum, ɔpon ano wɔ atifi fam, na ne trɛw si basafa aduonu anum; ɛda emu fam abangua no basafa du no ntentenso ne ɛho fam abangua no abo nsɛwee no ntentenso; abrannaa kyerɛ abrannaa anim, nsɛmso a ɛto so abiɛsa mu, na adammaa no anim na ɔkwan a ne trɛw si basafa anum wɔ, ɛde rekɔ emu fam, basafa aduonum kwan; na apon no ano kyerɛ benkum fam. Na soro adammaa no yɛ ntiantia, efisɛ mmrannaa no di mu bi, na ɛntrɛw sɛ ɔdan no mfinimfini ne ase de no, efisɛ ɛyɛ asansa, na enni adum sɛ mmangua no adum no, na wɔadwom afi ase de ne mfinimfini de no so, afi fam. Na abo ban a ɛwɔ adiwo fam siane adammaa no, ɛho fam abangua no mu kyerɛ adammaa no anim, ne ntwemu basafa dumien ne fa, na adammaa a ani kyerɛ ɛho fam abangua no atwemu si basafa dumien ne fa, na hwɛ, asɔredan no anim de na ɛyɛ basafa aduonu anum; na adammaa yi pue abo ban no so; ɔkwan a obi fi ɛho fam abangua no so reba mu a ɔfa so no da apuei fam. Abangua no fasu trɛw a ɛkyerɛ apuei fam no, afikyikuaa ne ɛho dan ntentenso mu na adammaa wɔ, na ɔkwan da anim; ɛte sɛ adammaa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛw saa ara, ne n’adifi akwan nyinaa ne ne nsiesiei; na sɛ n’apon ano te no, sɛ nso adammaa a ɛwɔ anafo fam no apon ano tetee ne no, ɔpon ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wofi apuei fam nam so ba mu no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammaa ne anafo fam adammaa a esisi afikyikuaa no anim no ne adammaa kronkron a asɔfo a wɔbɛn AWURADE no bedi akronkronne mu akronkronne hɔ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronne mu kronkronne ngugu, aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, na ɛhɔ yɛ kronkron. Asɔfo no hyɛn mu a, wommfi kronkronbea hɔ mmfi adi nnkɔ ɛho fam abangua no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntade a wɔde som ngu, na ɛyɛ kronkron; wɔnhyehyɛ ntade foforo ansa na wɔabɛn nea ɛyɛ ɔman no de ho. Na owiee emu fam dan no susuw no, ɔde me fii adi faa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no kwan so, na osusuw hyiae twem, ɔde susuw demmire no susuw apuei mframa nnemmire basafa ɔha aduonu anum, susuw demmire no so de twa hyiae; osusuw benkum fam nnemmire basafa ahanu aduonum, susuw demmire no so de twa hyiae. Osusuw anafo fam nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so; ɔdan kɔɔ atɔe fam kosusuw nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so; mframa anan no so na osusuw no. Ɔfasu twa ho hyia twem; ne ntwemu basafa ahannu aduonum ne ne trɛw ahannu aduonum, sɛ entwa kronkronbea ne anihumafo de ntam. Ɛnna ɔde me baa ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei kwan so no ano. Na hwɛ, Israel Nyankopɔn anuonyam fi apuei kwan so reba, na ne nne te sɛ nsu bebree nne, na n’anuonyam maa asase haranee. Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam. Na AWURADE anuonyam no baa ofie hɔ ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei fam no kwan so. Na honhom no maa me so de me baa emu fam abangua no so, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ayɛ ofi no ma. Na metee sɛ obi fi ofi no mu ne me kasae, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahengua sibea ne m’anammɔn agyinae a mɛtena hɔ, Israelfo mu akosi daa ni! Na Israel fi renhura me din kronkron ho bio, sɛ wɔn ne wɔn ahene de wɔn aguamammɔ ne wɔn ahene afunu yɛe no, wɔn sorɔnsorɔmmea so a wɔde wɔn apon ase too m’apon ase ho na wɔde wɔn apongua nkyɛn mu sii m’apongua nkyɛn mu ho ma ɔfasu nko si me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyide a wɔyɛe huraa me din kronkron no ho ma mehyew wɔn m’abufuw mu no. Afei de, wobeyi wɔn aguamammɔ ne wɔn ahene afunu no afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, na matena wɔn mu akosi daa. Wo, onipa ba, fa ofi yi kyerɛ Israel fi, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumɔyɛ ho, na ma wonsusuw nsusuwso a edu pɛ no. Na sɛ wɔn anim gu ase nea wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn ofi no suban ne ne nsiesiei, ne n’adifi ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛde nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na kyerɛw wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛde nyinaa, na wonni so. Eyi ne ofi no ho mmara: Bepɔw no atifi, ne ɔhye a etwa ho hyia twem nyinaa nyɛ akronkronne mu kronkron; hwɛ, ofi no ho mmara ni. Na eyinom ne afɔremuka no nsusuwii; (basafa a biako yɛ basafa ne nsa mu trɛw so), ne nnyinaso yɛ anammɔn biako ne fa, na ne trɛw yɛ a, anammɔn biako ne fa, na anoano nhyɛase a etwa ho hyia yɛ nsama biako; na eyi ne afɔremuka no ase. Na efi fam nnyinaso no so de kosi ase afofare no so yɛ basafa biako na ne trɛw anammɔn biako ne fa, na efi afofare kumaa no so kosi afofare kɛse no so yɛ basafa abien, na ne trɛw anammɔn biako ne fa; na afɔremuka no korɔn yɛ basafa abien, na efi afɔremuka no so de kɔ soro wɔ mmɛn anan. Na afɔremuka no ntwemu yɛ basafa asia, na ne trɛw asia, n’afanan, ɛyɛ ahinanan; na afofare no ntwemu yɛ basafa asɔn, na n’afanan, ne trɛw yɛ asɔn, na ano a etwa ho hyia no yɛ bɛyɛ anammɔn baako, na ne nnyinaso anammɔn biako ne fa twa ho hyia, na n’aforoe kyerɛ apuei. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyinom ne afɔremuka no ho ahyɛde, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyew afɔre na wɔmpete so mogya no: Asɔfo, Lewifo a wofi Sadok asefo mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ma wɔn nantwiforo na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn anan ne afofare no ahinanan ne ano a etwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no; na fa bɔne ho afɔre nantwinini no, na hyew no, ofi no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adiwo fam no. Na ɛda a ɛto so abien no, fa ɔpapo a onni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa nyi afɔremuka no ho bɔne, sɛnea wɔde nantwinini no yii no. Sɛ wuwie bɔne no yi a, fa nantwiforo a onni dɛm ne nguankuw mu dwennini a onni dɛm bra, na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfo no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE. Nnansɔn na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre daa, na nantwiforo ne nguankuw mu dwennini a dɛm bi nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ. Nnansɔn na wɔmfa mpata mma afɔremuka no, na wonnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa. Na wowie nna no a, da a ɛto so awotwe de rekɔ yi, asɔfo no mmɔ mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre, afɔremuka no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Ɛnna ɔde me faa kronkronbea anim ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no kwan so, na ɛno de, wɔato mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔponkɛse yi, wɔato mu ara, wɔrenhiɛ, na obi remfa mu mma mu, efisɛ AWURADE Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara. Ɔberɛmpɔn no nko na ɔberɛmpɔn a ɔyɛ nti ɔbɛtena mu adidi, AWURADE anim; ɔbɛfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so ahyɛn mu, na wafa ɔkwan no so afi adi. Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛse no kwan so de me baa ɔdan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam mede m’anim mibutuwii. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa wo koma si so, na fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso tie nea merebɛka makyerɛ wo, AWURADE fi ahyɛde nyinaa ne ne mmara nyinaa ho no nyinaa, na fa wo koma si ofi no mu hyɛn ne kronkronbea adifi no nyinaa so, na ka kyerɛ asowuifo, Israel fi no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Israel fi, mo akyide no nyinaa, momma ɛnnɔɔ mo so, sɛ mode ananafo mma, komam momonotofo ne ɔhonam mu momonotofo bae, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea nhura me fi ho, sɛ mode m’aduan, srade ne mogya bae, na wɔsɛee m’apam, mo akyide nyinaa so, nanso moanyɛ m’akronkronne no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no so. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔnanani biara a ɔyɛ komam momonoto ne ɔhonam mu momonoto nnhyɛn me kronkronbea, ananafo a ɛwɔ Israelfo mu nyinaa mu. Na mpo Lewifo a wɔafi me ho akɔ akyirikyiri, Israel fom a wɔfom fii me nkyɛn kodii wɔn abosom akyi no mu no, wɔn mpo bɛsoa wɔn amumɔyɛ; na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ ofi no apon ano ahwɛfo, na wɔasom ofi no mu; wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre ama ɔman no, na wɔn ara na wobegyina wɔn anim asom wɔn. Esiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim, na wɔadannan Israel fi amumɔyɛ hintidua nti, mama me nsa so mahyɛ wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ wɔnsoa wɔn amumɔyɛ; na wonntwiw mmmɛn me mmmɛyɛ asɔfodwuma mmma me, na wɔmmmɛn m’akronkronne no biara mmma m’akronkronne mu akronkronne ho, na wɔnsoa wɔn ahohora ne wɔn akyide a wɔyɛe no. Nanso mede ofi no ho adwuma no mɛhyɛ wɔn nsa, ɛho som ne ade biara a wɔyɛ wɔ mu no nyinaa mu. Na asɔfo, Lewifo, Sadok mma a wɔyɛ me kronkronbea hɔ adwuma, bere a Israelfo fii me nkyɛn kɔfom kwan no, wɔn de, wɔbɛbɛn me asom me, na wɔagyina m’anim de srade ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na wɔbɛhyɛn me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pon ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no. Na sɛ wɔreba emu fam abangua aponkɛse no mu a, wɔnhyehyɛ nwera ntade, na okuntutam biara nnka wɔn ho bere a wɔresom emu fam abangua no aponkɛse no mu ne ofi no mu no. Nwera ahyehyɛde mmobɔ wɔn ti, na nwera twakoto nhyehyɛ wɔn; wɔmmfa biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri mmmɔ wɔn ho so. Na wɔrefi adi akɔ ɛho fam abangua no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wonyiyi wɔn ntade a wɔhyɛ de somee no mfa ngu kronkronbea adammaa no mu, na wɔnhyehyɛ ntade afoforo, na wɔamfa wɔn ntade kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfo no mu. Na wonnyiyi wɔn ti, nso wonnsiw atimum, obubu nko na wommubu wɔn ti so. Na bobesa nso ɔsɔfo biara nnnom bere a wɔrehyɛn emu fam abangua no so. Nanso wɔmmfa okunafo ne nea wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fi asefo mu mmabea, anaa okunafo a ɔyɛ ɔsɔfo bi kunafo. Na wɔnkyerɛkyerɛ me man akronkronne ne nea abu so ntam nsonoe, na wɔmma wonhu nea ɛho wɔ fi ne nea ɛho tew ntam nsonoe. Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wonnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmude so na wommu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara horow ne m’ahyɛde, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron. Na wɔnnkɔ funu bi ho nnkogu wɔn ho fi gye agya ne ɛna ne ɔbabanin ne ɔbabea ne onuabarima ne onuabea a onnya nyɛɛ ɔbarima de ho na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma wɔn ho kum. Na odwira ne ho wie a, wɔnkan nnansɔn mma no, na ɛda a ɔrehyɛn kronkronbea akɔ emu fam abangua so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔre mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na nea ɛbɛyɛ wɔn agyapade de, mene wɔn agyapade, na mommma wɔn kyɛfa bi Israel mu, mene wɔn kyɛfa. Aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, wɔn ara na wonni, na Israel mu ahyirade nyinaa nyɛ wɔn de. Na ade nyinaa mu aba a edi kan mfiase no ne ade nyinaa mu soma afɔrebɔde a moma so nyinaa no, ɛnyɛ asɔfo no dea; na mo mmɔre mu nea edi kan no, momfa mma ɔsɔfo na nhyira mmɛtena wo fi. Mma asɔfo no nni nam biara, sɛ anomaa, anaasɛ aboa biara a n’ankasa wui, anaasɛ ne yɔnko aboa akum no. Na sɛ morebɔ asase no so ntonto de akyerɛ agyapade a, munyi so soma afɔrebɔde, asase no mu akronkronne mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem du; ɛne asase kronkron, ne hye nyinaa mu hyia. Eyi mu basafa ahanu aduonum a ɛma ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no de, na basafa aduonu anum nyɛ ne mfikyisaase ntwa ho nhyia. Na asase a moasusuw no ara mu, susuw ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum na ne trɛw basafa ɔpedu, na eyi mu na kronkronbea no, akronkronne mu kronkron no ntena; asase no mu akronkronne ne no, ɛnyɛ asɔfo a wɔsom kronkronbea a wɔbɛn bɛsom AWURADE no de, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea. Na ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum no ne ne trɛw mu basafa mpem anum nyɛ Lewifo a wɔyɛ ofi no mu asomfo de, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkurow a wɔbɛtena mu mu. Nanso munyi kurow no kyɛfa a ne trɛw basafa mpem abien ne ahanum na ne ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, kronkronbea soma afɔrebɔde no ho, ɛnyɛ Israel fi nyinaa dea. Na ɔberɛmpɔn no de no nna kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no nkyɛn mu ha ne ha, kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no anim, atɔe fam de rekɔ atɔe, ne apuei fam de rekɔ apuei, ntwemu ne mmusuakuw no kyɛfa no mmiako mmiako de no nsɛ, emfi atɔe hye so nkɔ apuei hye so; asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberɛmpɔn anhyɛ me man so bio, na wɔmfa asase no mma Israel fi sɛ wɔn mmusuakuw no te. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Momma ɛnnɔɔ mo so, Israel abirempɔn, munyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede, munyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsaase fi me nkurɔfo nsam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Munnya nsenia pa ne olonka papa ne galɔn pa; olonka ne galɔn nsusuwii nyɛ biako, na galɔn nkura homer nkyɛmu du mu biako, na olonka nso nyɛ homer nkyɛmu du mu biako; ne nsusuwii nyɛ sɛ homer biako. Na dwetɛbona nyɛ gera aduonu, nnwetɛbona aduonu anum, nnwetɛbona dunum nyɛ mo mane. Eyi ne soma afɔrebɔde a momma so: Awi homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako ne atoko homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako; na ngo ho ahyɛde ni: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu biako na momma mfi susukora a ɛne homer a edi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer; na oguan biako a ofi nguankuw mu, nguan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔw no mu, na ɛnyɛ aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Asase no so man nyinaa mfa soma afɔrebɔde yi mma Israel mu birɛmpɔn no. Na nea ɛda ɔberɛmpɔn no so ne sɛ ɔmma ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne ahwiesa, nnapɔnna ne asram foforo ne home nna wɔ Israel fi afa a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔre ne aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a wɔde pata ma Israel fi no. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, fa nantwiforo a onni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne. Na ɔsɔfo no mfa bɔne ho afɔre mogya no bi nkeka ofi no apongua ne afɔremuka no afofare no twea anan ne emu fam abangua ponkɛse no apongua ho. Na ɔsram no da a ɛto so ason no, yɛ saa ara, nea wafom anibiannaso ne ne ntetekwaasɛm so no nti, na momfa mpata mma ofi no. Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no nyɛ mo twam nnapɔnna nnansɔn; apiti na wonni. Na ɔberɛmpɔn no mfa nantwinini bi da no ara mmɔ n’ankasa ne asase no so man nyinaa ho bɔne ho afɔre; na afahyɛ nnansɔn no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE, anantwinini ason ne adwennini ason a dɛm nni wɔn ho, nnafua ason yi daa, ne bɔne ho afɔre nso, ɔpapo biako da biara; na ɔmma aduan afɔre nso, nantwi biako de olonka biako, ne odwennini biako de olonka biako, na ngo susutoa biako nka olonka biako ho. Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sɛ eyi ara nnansɔn, sɛ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne ngo no ara. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Emu fam abangua ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no, wɔnto mu ara adwumayɛ nnansia no, na homeda no de, wonhiɛ, na ɔsram foforo da no nso, wonhiɛ. Na ɔberɛmpɔn no mfi ɛho fam mfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so mmegyina ɔponkɛse no apongua ho, na asɔfo no mmɔ ne hyew afɔre ne n’asomdwoe afɔre, na ɔnkotow nsɔre, ɔponkɛse no apongua ase, na omfi adi; na ɔponkɛse no de, wɔnnto mu nkosi anwummere. Na asase no so man no nso nkotow nsɔre ɔponkɛse no ano, home nna ne asram foforo so, AWURADE anim. Na ɔhyew afɔre a ɔberɛmpɔn no mfa mmrɛ AWURADE no ni: Homeda, nguanten asia a wonni dɛm, ne odwennini a onni dɛm, ne aduan afɔre: Odwennini no de, olonka, ne nguanten no ho aduan afɔre a ne nsa bɛso so, ne ngo susutoa a ɛka olonka no ho. Na ɔsram foforo da: Nantwiforo a onni dɛm ne nguanten asia ne odwennini biako a wonni dɛm ne nantwinini no ho olonka ne odwennini no ho olonka na ɔmfa nyɛ aduan afɔre, ne nguanten no de, sɛnea ne nsa bɛso so, ne ngo susutoa a ɛka olonka ho. Na sɛ ɔbirɛmpɔn no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so nkɔ mu, na ɔmfa ne kwan no so mfi adi. Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, nea ɔfa atifi fam ponkɛse no kwan so ba mu bɛsɔre no, ɔmfa anafo fam ponkɛse no kwan so mfi adi, na nea ɔfa atifi fam ponkɛse ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛse no ano mfi adi; ɔnnsan mmfa ɔponkɛse a ɔfaa mu baa mu no mu mmfi adi, na ɔnantew tee mfi adi. Na ɔberɛmpɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi. Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduan afɔre nyɛ nantwinini ho olonka ne odwennini ho olonka, ne nguanten ho sɛnea ne nsa bɛso so, ne olonka ho ngo susutoa. Na sɛ ɔberɛmpɔn no rebɛbɔ ayamye hyew afɔre anaa ayamye asomdwoe afɔre ama AWURADE a, ɛnne wonhiɛ no ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei no, na ɔmmɔ ne hyew afɔre ne n’asomdwoe afɔre sɛnea ɔyɛ homeda no, na omfi adi; na n’adifi akyi no, wɔnto ɔponkɛse no mu. Na oguanten a wadi afe a onni dɛm na fa bɔ ɔhyew afɔre ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ; na siesie ɛho aduan afɔre daa anɔpa: Efa nkyɛmu asia mu biako, ne ngo susutoa nkyɛmu abiɛsa mu biako, na wɔmfa mfɔtɔw asikresam no, na ɛnyɛ aduan afɔre mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛde daa yi; na munsiesie oguanten no ne aduan afɔre ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyew afɔre. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ ɔberɛmpɔn no de n’agyapade no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no de, wɔn agyapade mu kyɛfa ne no; na sɛ ɔde n’agyapade no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnne ɛnyɛ ne de nkosi ahofadi afe no so, na ɛnsan nkɔyɛ ɔberɛmpɔn no de bio: Ɛyɛ ne nko agyapade, ne mma na ɛnyɛ wɔn de. Nanso ɔberɛmpɔn no mmfa ɔmanfo no agyapade bi mmpam wɔn mmfi wɔn kyɛfa mu; n’ankasa ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wonni, nea ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu biara amfi wɔn agyapade so. Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɔponkɛse no nkyɛn mu no so kɔɔ adammaa kronkron a ɛyɛ asɔfo dea a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔe fam akyi noho. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfo no bɛnoa asodi ho afɔre ne bɔne ho afɔre no, na wɔatoto aduan afɔre no, na wɔamfa amfi adi ankɔ ɛho fam abangua no so ankɔtew ɔman no ho. Ɛnna ɔde me fii adi baa ɛho fam abangua no so, na ɔma mesen mekɔɔ abangua no twea anan no ho, na hwɛ, abangua no twea biara so no, abangua wɔ hɔ; abangua no ntwea anan no mu na nkuaa a wɔabram ho wowɔe a ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne trɛw basafa dunum, twea so nkuaa anan no nyinaa nsusuwii yɛ biako. Na bamma bi twa nkuaa anan no mu hyia twem, na wɔayeyɛ mmuka, mmamma no ase, de atwa mu ahyia. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne aduannoa adan a ofi no mu asomfo no nnoa ɔmanfo no kum afɔre wɔ hɔ no. Ɛnna ɔde me san baa asɔredan no pon ano, na hwɛ, nsu fi asɔredan no apongua no ase resen kɔ apuei fam, (na ɔdan no anim kyerɛ apuei), na nsu no resian wɔ ase, ofi no anafo so, afɔremuka no anafo fam. Na ɔde me nam atifi fam ponkɛse no kwan so fii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so kɔntɔn baa anim ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no kwan so, na hwɛ, nsu fi anafo resen. Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon; na osusuw apem, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nankoroma; na osusuw ahanum, na ɔde me twae, nsu a ɛka asen; na osusuw apem, na ɛyɛ asu a mantumi mantwa, efisɛ nsu no mu dɔ ayɛ sɛ nsu a wɔboro, asu a wontumi ntwa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so woahu? Na ɔde me nam asu no ano san bae, na mesan mebae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asu no ano, ha ne ha. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare. Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ. Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa. Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene. Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru. Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi ne ɔhye a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuw dumien no adi so; Yosef de nyɛ ahama abien; na monkyɛ nni so mma obiara de nyɛ sɛ ne nua de, efisɛ ɛho na maka ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo na moadi so. Na asase no hye ni: Ano a ɛda atifi fam: Efi ɛpo kɛse no ano fa Hetlon kwan a wɔrekɔ Sedad no so, Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hye ho no; na ɔhye no fi ɛpo no ano kɔ Hasar-enon, Damasko hye so, na atifi fam de, ɔhye a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a edi atifi fam no. Na ɔhye a ɛda apuei fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei po no ano; na ɛne ɔhye a edi apuei fam no. Na ɔhye a ɛda nifa fam kyerɛ nifa no: Efi Tamar kɔ ɔham nsu a ɛwɔ Kades nam Misraim Subon no ano kodu ɛpo kɛse no ano; na ɛne ɔhye a ɛkyerɛ nifa, nifa fam no. Na ɔhye a ɛda atɔe fam ne ɛpo kɛse no fi ɔhye no ano ara kosi Hamat ntentenso; ɛne ɔhye a edi atɔe no. Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛ Israel mmusuakuw no te. Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni so, mo ne ananafo a wɔabɛsoɛ mo mu ahɔho a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapade so ntonto, Israel mmusuakuw no mu; na abusuakuw ko a ɔnanani bi abɛsoɛ mu hɔho no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapade, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na eyinom ne mmusuakuw no din: Efi atifi fam awiei, Hetlon kwan nkyɛn mu a wɔrekɔ Hamat, Hasar-enan, Damasko hye so, nea ɛkyerɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu, na wonnya ano apuei ne atɔe, Dan, hama biako; na nea edi Dan hye so a efi apuei de kɔ atɔe no, Aser de, biako; na nea edi Aser hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Naftali de, biako; na nea edi Naftali hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Manase de biako; na nea edi Manase hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Efraim de, biako; na nea edi Efraim hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Ruben de, biako; na nea edi Ruben hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Yuda de, biako. Na nea edi Yuda hye so fi apuei de kɔ atɔe no nyɛ soma asase a momma so no, ne trɛw nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum; na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfi apuei nkosi atɔe, na kronkronbea no nna mfinimfini. Soma asase a munyi so mma AWURADE no ntwemu ni: Susuw basafa mpem dumien ne ahanum ne ne trɛw basafa ɔpedu. Na wɔn a soma asase kronkron yi nyɛ wɔn de ni: Asɔfo de, atifi fam, basafa mpem dumien ne ahanum, atɔe fam trɛw basafa mpenum, apuei fam trɛw basafa mpenum, na anafo fam ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfinimfini; ɛnyɛ asɔfo de, wɔn a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfo fom no mu, sɛnea Lewifo no fomee no, na wonnya asase no soma mu nea wɔama so, akronkronne mu ade kronkron, Lewifo no hye ho. Na Lewifo no nnya asɔfo hye no nkyɛn mu ntwemu nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum ne ne trɛw basafa mpem anum; atwemu nyinaa nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem anum; na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnnan asase no ade a edi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Na basafa mpemnum a ɛka ne trɛw mu, mpem dumien ne ahanum no mu no nyɛ anihumafo ade mma kurow no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kurow no nna mfinimfini. Na ne nsusuwii ni: Atifi fam ano: Mpemnan ahanum, na anafo fam ano: Mpemnan ahanum, na apuei ano: Basafa mpemnan ahanum; na atɔe fam ano: Mpemnan ahanum; Na kurow no nnya mmoa adidibea nsaase: Basafa ɔha ne aduonu anum, atifi fam ne anafo, basafa ɔha ne aduonu anum ne apuei fam ahanu aduonum ne atɔe fam ahanu aduonum. Na nea aka ne ntwemu mu a ɛyɛ soma asase no nkyɛn mu, apuei ɔpedu ne atɔe ɔpedu no, ɛnna soma asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbae nyɛ kurow no adwumayɛfo aduan; na kurow no adwumayɛfo de, wobefi Israel mmusua kuw nyinaa mu abɛyɛ so adwuma. Soma asase no nyinaa yɛ basafa mpem dumien ahanum, soma asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kurow no de no ho. Na nkae no nyɛ ɔberɛmpɔn no de, soma asase kronkron no ne kurow no de no ho, ɛha ne ha, nea ɛda soma asase no ho yɛ basafa mpem dumien ne ahanum no ho kosi apuei hye so, ne atɔe fam de a ɛda mpem dumien ne ahanum no ho kosi atɔe hye so ma ɛsesɛ mmusuakuw no kyɛfa so no, ɛnyɛ ɔberɛmpɔn no de, na soma asase kronkron ne ofi no kronkronbea no nna ntam. Na efi Lewifo no kyɛfa ne kurow no kyɛfa a ɛda ɔberɛmpɔn no de no ntam no so, nea ɛda Yuda hye ne Benyamin hye ntam no nyɛ ɔbirɛmpɔn no de. Na mmusuakuw a aka no de ni: Efi apuei de kɔ atɔe no, Benyamin de, biako; na nea edi Benyamin hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Simeon de, biako; na nea edi Simeon hye so fi apuei de kɔ no, Isakar de, biako; na nea edi Isakar hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Sebulon de, biako; na nea edi Sebulon hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Gad de, biako; na Gad hye a ɛwɔ anafo fam a ɛkyerɛ anafo no so hye no mfi Tamar mfa Mariba nsu a ɛwɔ Kades ne Misraim subon no ano nkosi Ntam po kɛse no ano. Eyi ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuw na wonni so no no, na eyi ne wɔn kyɛfa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na eyinom ne kurow no ho apon: Atifi fam de no nsusuwii si basafa mpem abien ahanu aduonu; na kurow no aponkɛse no wowɔ Israel mmusuakuw no din; atifi fam aponkɛse abiɛsa: Ruben ponkɛse, biako; Yuda ponkɛse, biako; Lewi ponkɛse biako; na apuei fam ano de: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛse abiɛsa: Yosef ponkɛse, biako; Benyamin ponkɛse, biako; Dan ponkɛse, biako; na anafo fam de no nsusuwii: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛse abiɛsa: Simeon ponkɛse, biako; Isakar ponkɛse, biako; Sebulon ponkɛse, biako; atɔe fam de no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛse abiɛsa: Gad ponkɛse, biako; Aser ponkɛse, biako; Naftali ponkɛse, biako. Nea etwa ho hyia si basafa mpem akron. Na efi da no, kurow no din ne: AWURADE wɔ hɔ. AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni. Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ. Na ɔkɔe kɔfaa Diblaim babea Gomer, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakraa na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fi, na mama Israel fi ahenni no to atwa. Na ɛda no, mebubu Israel ta, Yesreel bon no mu. Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio. Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn. Na otwaa Lo-ruhama nufu, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na ose: To no din sɛ Lo-ami ase ne: Ɛnyɛ me man, na monyɛ me man, na me nso merenyɛ mo Nyankopɔn. Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma. Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse. Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ! Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam, na mampa ne ho ntama mamma wanna adagyaw, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ sare so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee, na mamfa osukɔm mankum no. Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn. Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa. Ne saa nti, hwɛ, mede nsɔe metwa wo kwan so ban, na mato so fasu, na wanhu kwan mu. Na obetiw n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ. Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no. Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no. Na afei meyi n’agyimisɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfi me nsam. Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa. Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkae sɛ: M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwae ma wuram mmoadoma adi. Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni. Ne saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ sare so, na maka no abodwoesɛm na mafi hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bon no, mayɛ no anidaso pon, na obegye so wɔ hɔ ne mmabaabere mu, ne ɛda a ofi Misraim asase so foro bae no. Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, wobɛfrɛ me sɛ: Ishi ase ne sɛ: Me kunu! Na woremfrɛ me sɛ: Balim a ase ne sɛ: Me Baal bio. Na meyi Baal ahorow din mafi n’anom, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio. Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo. Na megye wo aware mafa akosi daa, na megye wo aware mafa trenee ne atemmu ne adɔe ne mmɔborohunu so, na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE. Na ɛda no, megye so, AWURADE asɛm ni, megye ɔsoro so, na ɛno nso agye asase so, na asase agye awi ne nsa ne ngo so, na ɛno nso agye Yesreel so. Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn! Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no. Na mede nnwetɛbona dunum ne atoko homer biako ne atoko letek biako [a ɛyɛ homer fa] metɔɔ no. Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ aguaman na nyɛ ɔbarima bi de, na me nso me ne wo atena sa. Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni. Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu. Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so. Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so. Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam, wuram mmoadoma ne wim nnomaa; na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa. Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo ham. Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene. Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma. Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora. Me man bɔne no ne wɔn aduan, na wɔn amumɔyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ. Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi; wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no. Aguamammɔ ne nsa ne mmorosa sɛe ntease. Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman. Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware. Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ. Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi. Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so. Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no. Sɛ wɔn asanom atra so a; aguaman na wɔbɔ, ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora. Mframa akyere no ne ntaban mu, na wɔn ani bewuwu wɔn afɔrebɔ ho. Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so; na mansotwefo ama wɔn ahohwisɛnni mu adɔ; nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso. Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi. Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE. Na Israel ahantan bedi n’anim adanse, na Israel ne Efraim behintiw wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn ahintiw. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho. Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase. Monhyɛn abɛn Gibea, monhyɛn torobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, hwɛ w’akyi, Benyamin. Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no. Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ wɔn a wotwiw ɔhye kɔ akyiri, wɔn so na mehwie m’anibere magu sɛ nsu. Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛtɛw no atemmu mu, efisɛ waboapa adi ade hunu akyi. Na me de, mete sɛ nwewee mema Efraim, ne nhunhunii mema Yuda fi. Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru. Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ. Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm. Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn. Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa. Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so. Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ. Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn, na mede m’anom nsɛm makum wɔn, na m’atemmu ayi adi sɛ hann. Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre. Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo. Gilead yɛ mmusubɔfo kurow a mogya akeka mu. Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa, wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem; yiw, abusude na wɔyɛ. Mahu ahodwiriwde Israel fi, ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi. Yuda nso, wɔahyɛ twabere ama wo, bere a mede me man nnommum mɛsan maba no. Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so. Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim. Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara. Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so. Yɛn hene afahyɛ da no, asabow bɔɔ mmapɔmma yare; ɔne afɛwdifo dii nsawɔso. Na wɔasiesie wɔn koma sɛ ɔfononoo, wɔn atirisopam no mu; wɔn abodootofo da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛw sɛ ogya framfram. Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me. Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankisa. Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim. Na Israel ahantan di n’anim adanse, na wɔnsan mmaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no eyi nyinaa mu. Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso. Wɔrekɔ no, mɛtrɛw m’atena mu makata wɔn so; meduru wɔn sɛ wim nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka. Wonnue, efisɛ wɔaguan me; ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara; na me de, anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro. Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua. Me de, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den, nanso pɔw bɔne na wɔbɔ me ho. Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so. Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara. Me na wobesu afrɛ me sɛ: Me Nyankopɔn, yenim wo, yɛn a yɛyɛ Israel. Papa ayɛ Israel nwini; ma ɔtamfo ntiw wɔn ɛ! Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn. O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini, m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn, enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ? Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa. Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi. Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ ade bi a ani bi nsɔ. Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa. Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan. Na Efraim ama afɔremuka adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔremuka no adan wɔn bɔneyɛ. Makyerɛw me mmara dodow no mama wɔn, wobuu no sɛ amannɔne ade. M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ. Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no. Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so. Awiporowbea ne nsa-kyi-amoa renyɛn wɔn, na nsamono no bedi wɔn huammɔ. Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria. Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi. Dɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no? Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no. Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel behu sɛ odiyifo no yɛ ogyimifo, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfo, amumɔyɛ dodow ne ɔtan a ɛso pii no nti. Odiyifo no ne Onyankopɔn yɛ Ɔyɛnfo ma Efraim nanso odiyifo no de, ɔnomayifo afiri wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtan wɔ ne Nyame fi. Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso. Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara. Efraim de, wɔn anuonyam betu sɛ anomaa, awo ne afurufa ne nyinsɛn nni wɔn mu. Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara! Efraim a miyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa so no, Efraim no ara beyi ne mma afi akɔma okumfo. AWURADE, ma wɔn biribi! Dɛn na wobɛma wɔn? Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn ne nufu a emu ayow. Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko. Wɔabɔ Efraim ade; wɔn ase ntini akyen; aba nso wɔrensow; sɛ wɔwo nso a, mekum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no. Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu. Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso. Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no. Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn? Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so. Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ. Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho. Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru. Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so! Israel, wufi Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wogyinae; Gibea sa a wotui mmabusufo no so no anto wɔn. Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka. Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so. Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo. Moafɛntɛm abɔnefosɛm, mmusu na moatwa, moadi atoro aba; na wode wo ho too wo kwan ne, wo nnɔmmarima dodow no so. Enti hooyɛ bɛsɔre w’aman no mu, na wɔabɛsɛe w’abandennen nyinaa, sɛnea Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtetew ɛna mu asinasin agu mma so. Ne saa na ayɛ mo Betel, mo bɔne mu bɔne no nti; ade bɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ kora. Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii. Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni. Na me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare. Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛoo memaa no didii. Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi. Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie. Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so. Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa. Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so. Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba. Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni. Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman. Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim. Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka. Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe; ɔne ɔbɔfo no koe, na otumii; osui na ɔpaa no kyɛw; ohuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae. Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn, AWURADE ne ne din a wɔde kae no. Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi. Kanaan, nsisi nsenia wɔ ne nsam, ɔpɛ amimdi. Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me. Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so; mɛma woatena ntamadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu. Na makasa makyerɛ adiyifo no, na mama anisoadehu adɔɔso, na menam adiyifo ano so mabubu mmɛ. So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw. Na Yakob guan kɔɔ Siria asase so, na Israel somee ɔyere ho, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nguan. Na AWURADE nam odiyifo so yii Israel fii Misraim bae, na ɔnam odiyifo so hwɛɛ wɔn Efraim yi abufuw sɛ, enti ɔbɛma mogya a odi ho so no abua n’atifi, na n'ahohora nso, ne wura bɛdan agu no so. Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui. Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano. Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no. Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi. Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so. Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me. Ne saa nti meyɛɛ wɔn sɛ gyata, metɛwee ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ; mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu. Meyɛ wo boafo de nanso wɔbɛsɛe wo, A! Israel, ne sɛ wo ne me a meyɛ wo boafo no di asi. Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no? Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu. Wɔakyekyere Efraim amumɔyɛ, wɔde ne bɔne asie. Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ. Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so. Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa. Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu. Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase. Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre. Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ. Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so. Mɛdan sɛ obosu mama Israel, ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko, na wagye ntini sɛ Lebanon; n’abaa bɛdannan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hua sɛ Lebanon. Wɔn a wɔtete ne nwini ase bɛsan abɛma awi asan anya afiye, na wɔafefɛw sɛ obobe a ne din ahye sɛ Lebanon bobesa. Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba. Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase. AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn ni. Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn? Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no. Mmɛbɛw nnikae, mmoadabi adi, na mmoadabi nnikae, ntuntummɛ adi, na ntuntummɛ nnikae, mmɛbɛw adi. Mo asabofo, munnyan na munsu, na mo nsanomfo nyinaa, muntwa adwo, nsamono nti, efisɛ wɔatwa afi mo anom. Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so, wɔn ho yɛ den na wɔn dodow nni ano; wɔn se te sɛ gyata se, na wɔwɔ gyatabere nnyepi. Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapompam me borɔdɔma abaa; wɔapompɔn ho hono agu, na n’abaa ho ahoa fitafita. Twa adwo sɛ ababaa a ofura ayitam ma ne mmabaabere mu kunu. Wɔatwa aduan ayɛyɛde ne ahwiesa afi AWURADE fi; na asɔfo, AWURADE asomfo no, di nkɔmmɔ. Mfuw asɛe, asase di nkɔmmɔ, na aduan asɛe, nsamono ayow, ngo so atɔre. Akuafo, mo ani nwu, aturoyɛfo, awi ne atoko nti muntwa adwo, efisɛ mfuw mu nnuan asɛe. Obobe akisa, na borɔdɔma atwam, atea aba, abɛ nso ne akutuguaa; petee mu nnua nyinaa akisa, ampa, anika atu afi nnipa mma mu. Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba. Monhyɛ abuadadi kronkron, mompae asɔfo nhyiam, mommoa mpanyimfo ano, asase sofo nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fi, na munsu mfrɛ AWURADE. Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfo nkyɛn. So wɔantwa aduan amfi yɛn anim, na anigye ne ahosɛpɛw amfi yɛn Nyankopɔn fi anaa? Aba a wɔadua aporɔw n’akofi mu, aduankora adan ada mpan, asan abubu, na awi asɛe. Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuw rebrɛ, efisɛ wonni adidibea. Nguankuw nso ti ato. Wo, AWURADE, na misu mefrɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so wura momono, na ogyaframa ahyew petee mu nnua nyinaa. Wuram mmoa nso repere frɛ wo, na nsuwansuwa ayoyow, na ogya ahyew sare so wura momono. Monhyɛn torobɛnto Sion, na mommɔ ose me bepɔw kronkron no so. Ma asase sofo nyinaa ho mpopo, efisɛ AWURADE da no redu, na abɛn, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no. Ogya hyew di wɔn anim, na ogyaframa taforo di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyi de yɛ sare pradada; na biribi remfi wɔn anim nkɔ. Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na wotu mmirika sɛ apɔnkɔsotefo; wohuruhuruw sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔw atifi, sɛ ogyaframa a ɛhyew sakran turuturuw, sɛ dɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Aman ho dwiriw wɔn wɔn anim; nnipa nyinaa anim sinsiam. Wotu mmirika sɛ nnɔmmarima, wɔforo ɔfasu sɛ akofo; wɔnenam wɔn akwan so, na wɔntew wɔn santen mu; nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akode ntam a, wompira; wɔyɛ kurow mu manyamanya; wotutu ɔfasu so mmirika. Wɔforo ba afi mu, wɔfa mfɛnsere mu ba sɛ awifo. Asase wosow wɔn anim; ɔsoro hinhim, owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma kame ne haran. Na AWURADE ma ne nne so, ne dɔm no anim; na ne nsraban no so sɛ, na nea odi n’asɛm so no ho yɛ den, na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ, na hena na obetumi agyina ano? Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu. Munsunsuane mo koma, na ɛnyɛ mo ntade mu, na monsan mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe so, na ɔsakra n’adwene adebɔne ho. Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Monhyɛn torobɛnto Sion, monhyɛ abuadadi kronkron, momfrɛ asɔfo nhyiam kronkron. Mommoa ɔman no ano, monhyɛ ɔman nhyiam kronkron, munhyia nkwakoraa, mommoa mmofra ne nufu ano mma ano. Ayeforokunu mfi ne pia mu, na ayeforo mfi ne dabekyiri mu mfi adi. Ma asɔfo, AWURADE asomfo no nsu, ntwironoa ne afɔremuka no ntam, nka sɛ: AWURADE, kyɛe wo man so, na mfa w’agyapade mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Ɛdɛn nti na wɔnka aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ? Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ohuu ne man mmɔbɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, merebrɛ mo aduan, nsamono ne ngo, na moamee, na meremfa mo memma ahohora amanaman mu bio. Na atifi fam dɔm no, meyi wɔn afi mo so akɔ akyirikyiri, na mapam wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafo akɔ apuei fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ atɔe fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyane bɛsɔre, efisɛ wɔayɛ adebɔne. Asase, nsuro, di ahurusi na w’ani nnye, efisɛ AWURADE ayɛ adekɛse. Wuram mmoa, munnsuro, na sare so wura momono refefɛw, na nnua resow n’aba, borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama. Na mo, Sion mma, munni ahurusi na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asusow sɛ ɛfata, na ɔma osu tɔ ma mo, asusow ne adonsu, kan ansa. Na awi bɛyɛ porowbea amaama, na nsa ne ngo ayeyɛ kyi-amoa amaama abu so. Na mfirihyia a mmoadabi, ntuntummɛ, mmɛbɛw ne nketekire, me dɔm kɛse a mesoma mebaa mo mu no dii no, mɛhyɛ mo ananmu. Na moadidi amee, na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din, sɛ ɔne mo adi anwonwasɛm; na me man ani renwu da biara da. Na mubehu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da. Na eyi akyi no, mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mpanyin asoso adae, na mo mmerante ahuhu anisoade, na nkoa ne mfenaa nso so na nna no mu mehwie me honhom magu. Na mɛma anwonwade aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne owusiw kumɔnn. Owia beduru sum, na ɔsram adan mogya, ansa na AWURADE da kɛse a ɛyɛ hu no aba. Na obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wobegye no nkwa; na bepɔw Sion so ne Yerusalem na sɛnea AWURADE aka no, nnipa a wɔafi mu afi, ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn, afi wɔn a aka no mu bɛtena, nkwa bɛtena, sɛnea AWURADE aka no. Na hwɛ, nna no ne bere a mede Yuda ne Yerusalem nnommum no mɛsan maba no mu no, mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn mesian maba Yehosafat bon no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapade Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti. Efisɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee aguaman, na wɔtɔn abaawa gyee nsa nomee. Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifo amantow nyinaa? So nea mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribi? Ɔhareso, ntɛmso na mɛdan nea moreyɛ magu mo atifi. Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinne a ɛsɔ ani a eye no kokɔɔ mo asɔrefi. Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafo, sɛ moreyi wɔn afi wɔn asase so akɔ akyirikyiri. Hwɛ, merenyan wɔn na wɔafi nea motontɔn wɔn kɔe hɔ, na mede nea moayɛ mɛsan mabua mo atifi, na matontɔn mo mmabanin ne mo mmabea mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafo, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka. Mompae eyi amanaman mu, munnwira ɔsa ho, munnyan nnɔmmarima, akofofo nyinaa ntwiw mmɛn, wɔmforo mmra. Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw. Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima. Monyɛ ntɛm mmra ɛ, mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa, mummehyia! Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra! Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bon no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase mabu amanaman a wofi afa nyinaa atɛn. Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na nea wotwa ahoa. Mommra mmetiatia so, na nsa-kyi-amoa no ayɛ ma, nkuku no ayɛ ma abu so, na wɔn bɔne adɔɔso. Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ AWURADE da no abɛn, atemmu bon no mu. Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran. Na AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso AWURADE yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma. Na mubehu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron no so, na Yerusalem bɛdan kronkronbea, na ananafo rentwa mu hɔ bio. Na ɛda no, mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko asen nufusu, na nsu asen Yuda abon nyinaa mu; na nsuaniwa befi AWURADE fi asen, na akɔfɔw Sitim bon no. Misraim bɛdan amamfo, na Edom adan nkyerekyerewa afo, esiane Yuda mma so atirimmɔden no nti, efisɛ wɔahwie mogya a edi bem agu wɔn asase so. Na Yuda de, wɔbɛtena hɔ daa, na Yerusalem atena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara. Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni. Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa. Sɛ AWURADE se ni: Damasko amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde dade awiporowade dwerɛw Gilead nti: Na mɛto Hasael fi mu gya, na ahyew Ben-hadad aban dennen no; na mebubu Damasko pon akyi adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bon mu afi mu, ne ɔhempomakurafo no afi Bet-eden; na wobetu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ose. Sɛ AWURADE se ni: Gasa amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wotuu atukɔfo dodow, ɔman mu, kɔe sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti. Na mɛto Gasa fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no; na metwa emufo afi Asdod ne ɔhempomakurafo afi Askelon, na mɛdan me nsa mahyɛ Ekron, na Filistifo nkae ayera, AWURADE Nyankopɔn na ose. Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti. Na mɛto Tiro fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no. Sɛ AWURADE se ni: Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔde afoa tiw ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuw sɛe ade ara, na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti. Na mɛto Teman mu gya, na ahyew Bosra aban dennen no. Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti na mɛsɔ Raba fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no, ɔko da no bɛyɛ gyegyeegye, na ɛbɛyɛ den sɛ, ahumtu da ne kirididibɔ. Na wɔn hene bɛkɔ otukɔ mu, ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ, AWURADE na ose. Sɛ AWURADE se ni: Moab amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔhyew Edom hene nnompe sɛ akadoo nti. Na mɛto Moab mu gya, na ahyew Keriot aban dennen no, na Moab bewu hooyɛ mu, osebɔ ne torobɛnto nnyigyei mu. Na metwa emu temmufo no akyene, na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho, AWURADE na ose. Sɛ AWURADE se ni: Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti. Na mɛto Yuda mu gya, na ahyew Yerusalem aban dennen no. Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani. Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo, na wɔkyea amanehunufo kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho, na wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa, wɔn anyame fi. Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛse te sɛ nkyeneduru kɛse, na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase ntini no; na me nso miyii mo fii Misraim asase so, na mede mo nantew sare so mfirihyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni. Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo, ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo. So ɛnte sa, Israelfo? AWURADE asɛm ni. Nanso momaa ahotuafo nsa nomee, na mohyɛɛ adiyifo sɛ: Monnhyɛ nkɔm! Hwɛ, me ara memia mo akɔ fam, sɛnea teaseɛnam a awi afiafi ayɛ no ma mia no. Na aguan bɛbɔ ɔhoɔharefo, na ɔhoɔdenfo nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa. Na ɔtakurafo rennyina, na nea ne nan yɛ hare remfi mu, na ɔpɔnkɔsotefo rennye ne ho nkwa. Na nnɔmmarima mu kokodurufo de adagyaw beguan ɛda no, AWURADE asɛm ni. Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ: Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka. So baanu bɔ mu nantew a wɔanyɛ nokoro kan? So gyata bobom kwae mu a aboa bi nni n’anim anaa? So gyataforo ma ne nne so fi ne tu mu a ɔnkyere biribi? So anomaa tɔ afirim ɛfam a hentia bi nni hɔ mma no? So afiri bi huan fi fam a enyii biribi anaa? Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae? Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa. Gyata abobom, hena na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm? Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no. Efisɛ wonnim adetreneeyɛ, AWURADE asɛm ni, wɔn na wɔboa atirimmɔden ne dwowtwa ano, wɔn aban mu no. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔhohiafo betwa asase no ho ahyia, na wayi w’ahoɔden afi wo ho ahwe fam, na wafow w’aban dennen no. Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi. Muntie, na munni Yakob fi adanse, AWURADE Nyankopɔn, asafo Nyankopɔn, asɛm ni: Sɛ ɛda a mɛba mabɛtwe Israel mmarato so aso no, mɛtwe Betel afɔremuka nso aso, na wɔatwitwa afɔremuka no mmɛn, na agu fam. Na mɛbobɔ awɔwbere fi ne ahohurubere fi, na asonse afi nso asɛe, na afi bebree nso ase agu koraa, Awura agu koraa, Awurade asɛm ni. Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no. AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgye bɛtwe moakɔ, ne mo akyirikafo nso, apofofo nnarewa ano. Na ɔfasu tokuru mu na mobɛfa apue, obiara bɛfa n’anim tee afi adi, na wobesunsum mo akyene Harmon, AWURADE asɛm ni. Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔre mmra daa anɔpa, ne mo ntotoso du du daa nnansa. Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkurow nyinaa mu, na mudii aduankɔm mo tenabea nyinaa mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni. Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa a edi otwa anim no mu, na metɔɔ osu guu kurow biako so, na mantɔ bi angu kurow biako so; afuw biako nyaa osu, na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee; na nkurow abien anaa abiɛsa kyinkyin kɔɔ kurow biako so kɔnom nsu, nanso wɔammee; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni. Memaa ɔyow ne ɔpo baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodow no ntuntummɛ wee; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni. Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim de baa mo mu, mede afoa mikunkum mo mmerante, na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsra mu hua kankan hyɛn mo hwene mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni. Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni. Enti sɛɛ na mɛyɛ wo, O Israel; esiane sɛ mɛyɛ wo sɛɛ nti, siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn. Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din. Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi. Ababaa Israel atɔ, ɔrensɔre bio, wɔahwe no ase n’asase so, nea ɔbɛma no so nni hɔ. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Kurow a wɔde apem fi adi bɛka ɔha, na kurow a wɔde ɔha fi adi bɛka du ama Israel fi. Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni: Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa. Na monnhwehwɛ Betel akyi kwan, na monnkɔ Gilgal, na munntwam nnkɔ Beer-seba; na Gilgal begyina akɔ otukɔ mu, na Betel bɛdan ahuhuw. Monhwehwɛ AWURADE akyi kwan na munnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fi, na wanhyew a obi a obedum nni hɔ mma Betel; mo a modan atemmu awɔnwene na mode trenee hwehwe fam no! Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne: Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte, na ɔdan sum kabii adekyee, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din. Ɔma ɔsɛe ba otumfo so sɛ anyinam, na ɔsɛe nso ba aban a ɛyɛ den so. Wɔtan nea ɔteɛ so, kurow pon mu, na wokyi nea ɔka nsɛm a ɛyɛ pɛ. Enti sɛ mutiatia ɔbrɛfo so na mugye ne hɔ awi pae nti, mode abo a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛw bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa. Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den; muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata, na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu. Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne. Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne, na moanya nkwa, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, ne mo atena, sɛnea moka no. Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ. Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no, se ni: Adwotwa wɔ mmɔnten nyinaa so, na wɔka mmorɔn nyinaa so sɛ: Buei, buei! Na wɔfrɛ okuafo ma obesu, ne wɔn a wonim osu ma wobetwa agyaadwo. Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, efisɛ mɛsan mafa wo mu, AWURADE na ose. Wonnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann. Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim na osisi hyia no, na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu na ɔwɔ ka no. So AWURADE da no yɛ sum? So ɛyɛ hann? Ɛyɛ kusuu, na ɛnhyerɛn! Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho. Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso, merenhwɛ. Yi wo dwonto gyegyeegye fi me so, na merentie wo sankubɔ nso. Na atemmu mpirew mmra sɛ nsu, na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa. O Israel fi, so mode okum afɔre ne aduan ayɛyɛde brɛɛ me sare so mfirihyia aduanan? Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nsoromma anyame a moyɛ fae no. Enti metu mo akɔ Damasko akyi noho, AWURADE na ose, asafo Nyankopɔn ne ne din. Wonnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔw so, wɔn a wɔdɛnsow amanaman mu adikanfo mu, wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no. Monsen nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse, na munsian nkɔ Filistifo Gat. So woye sen ahenni yi, anaasɛ wɔn hye mu trɛw sen mo hye? O mo a mutu da bɔne hyɛ akyirikyiri, na mode nhyɛso agua twiw bɛn. Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnae so, na wodi nguanten mma a wofi nguankuw mu, ne nantwi mma a wofi ɔyɛn dan mu; wɔto ahuhudwom de yi sanku ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asanku sɛ Dawid; wɔnom nsa nkora mu, na wɔde ngohuam sra wɔn ho, nanso Yosef sɛe de ɛnyɛ wɔn yaw. Enti afei wɔn na wobedi atukɔfo kan atu akɔ, na saguaasefo gyegyeegye no agyae. AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni: Me de, Yakob ahantan ayɛ me nwini, na metan n’aban afɛfɛ no, na meyi kurow no ne ne mayɛ mama. Na sɛ wogyaw nnipa du ofi koro mu a, owu ara na wobewuwu. Na obi busuani ne nea ɔhyew no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afi fie hɔ, na ɔbɛka akyerɛ nea ɔwɔ ofi mpiakyiri mu no sɛ: So obi da so ne wo wɔ hɔ? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano! Na wɔmmɔ AWURADE din so. Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ ofi kɛse no pasapasa, ne ofi ketewa no nso dukuduku. So apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwi fɛtɛw hɔ nti na modan atemmu bɔnwoma na modan trenee aba awɔnwene? Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: So ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim afa? Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre ahyɛ mo, Israel fi, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, na wɔabɛhaw mo afi nea wɔfa kɔ Hamat akosi tataw so subon Araba no ano. Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, ɔrenwene mmoadabi, ɛbere a adom wura fii ase fifii, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wuratwa akyi adom wura. Na wobedii asase so ahaban wiei no, mekae sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, fa firi ɛ! Yakob begyina dɛn, sɛ osua yi? AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose. Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyew obun haharaa no, na ɛrehyew asase no bi. Na mise: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mesrɛ wo Yakob begyina dɛn sɛ osua yi? AWURADE sakraa n’adwene eyi ho; eyi nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ose. Sɛɛ na ɔma mihui, na hwɛ, Awurade Nyankopɔn gyina ɔfasu kyerebenn so na kyerebennyɛ hama kura. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Kyerebennyɛ hama. Na Awurade Nyankopɔn se: Hwɛ, mede kyerebennyɛ hama misi me man Israel mfinimfini, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio. Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdannan afoafo, na Israel kronkrommea no ayɛ agowagow, na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yeroboam fi. Ɛnna Betel sɔfo Amasia soma kɔɔ Israel hene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fi mfinimfini, ne nsɛm no nyinaa rensen asase yi so. Na sɛ Amos se ni: Afoa ano na Yeroboam bewu, na Israel betu afi n’asase so akɔ. Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehufo, kɔ! Bɔ wo ho aguaa kɔ Yuda asase so, na kodidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ. Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, efisɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahenni fi nso. Ɛnna Amos buaa Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfo ne ɔdoma so hwɛfo; na AWURADE faa me fii nguan akyidi, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel. Na afei tie AWURADE asɛm: Wo de, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fi so. Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ. Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, nnuaba a abere wɔ kɛntɛn mu. Na obisaa sɛ Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Nnuaba a abere kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio. Na asɔrefi nnwom bɛdan adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, afunu no bɛdɔɔso na wɔde kommyɛ bɛtotow wɔn agugu mmaa nyinaa. Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo, na mubisa sɛ: Da bɛn na ɔsram foforo betwam na yɛatɔn awi, ne homeda, na yɛabue ɔsan ano, na yɛayɛ olonka ketewa, na yɛama n’abrammo aso, na yɛakyea nsenia de asisi? Na yɛama dwetɛ de atɔ ɔbrɛfo, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn awi ase nea egugu no. AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfi wɔn nneyɛe nyinaa da biara da! So eyi nti asase renwosow na ɛsofo nyinaa renni nkɔmmɔ anaa? Na asase mu nyinaa bepuduw sɛ Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asu no. Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mɛma owia atɔ awiabere na mɛma sum aduru asase so awia ketee. Na madannan mo nnapɔnna nkɔmmɔdi, ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitam akyekyere asen nyinaa, na tipae aba atiri nyinaa so; na mama ayɛ sɛ ɔba koro ho nkɔmmɔdi, na n’awiei ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwene. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na AWURADE asɛm tie de. Na wobekyini afi po ano akɔ po ano, na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ afi atifi fam akosi apuei fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyi kwan, na wɔrenhu. Ɛda no, osukɔm nti mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmerante bɛtotɔ piti, wɔn a wɔkeka Samaria asodi ntam, na wose: Sɛ wo, Dan, wo nyame te ase yi! Ne sɛ Beer-seba kwan te ase yi no, wɔn de, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio. Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ: Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow, na buruw gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn; oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn. Sɛ wofunu kɔ asaman a, me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn mefi hɔ masian; na sɛ wokohintaw Karmel atifi koraa mpo a, mɛtwe wɔn makɔfa wɔn mafi hɔ; na sɛ wofi m’anim kohintaw ɛpo ase mpo a, ɛhɔ na mɛhyɛ po mu wɔ na wakeka wɔn; na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfo anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afoa na akunkum wɔn, na mede m’ani mɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa. Na AWURADE, asafo AWURADE, ne nea ɔka asase ma ɛnan na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ, na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil. Osi ne nsɛmso ɔsoro, na ɔhyɛ ne kuntun ase, asase so, ɔfrɛ po mu nsu na ohwie gu asase ani, AWURADE ne ne din. So monyɛ me sɛ Etiopiafo, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so, na Filistifo nso fi Kaftor, na Siriafo nso fi Kir? Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn aniwa sa bɔne ahenni no, na mɛsɛe no afi asase ani, nanso ɔsɛe no meremfa mensɛe Yakob fi no koraa, AWURADE asɛm ni. Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔn Israel fi so amanaman nyinaa mu, sɛnea wɔsɔn ade so sɔnee mu, nanso awifua rentɔ fam. Afoa ano na me man mu nnebɔneyɛfo nyinaa bewuwu, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no. Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no. Na wɔafa Edom nkae adi, ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa; AWURADE a ɔyɛ eyinom asɛm ni. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ nea ɔfɛntɛm bɛka nea otwa, na nea otiatia obobe aba so bɛka nea ogu awi, na mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko nyinaa ahono. Na mɛdan me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkurow agowagow no atena mu, na wɔatɛw bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba. Na medua wɔn wɔn asase so, na wɔrentu wɔn mfi wɔn asase a mede mama wɔn no so bio, AWURADE wo Nyankopɔn na ose. Obadia anisoadehu ni. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka Edom ho ni: Yɛate AWURADE anom asɛm, na wasoma abɔfo akɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre na yɛnsɔre nhyɛ no ne no nko. Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtiaa pa ara. Wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, nea ɛhɔ korɔn ne w’agua, wuse wo koma mu sɛ: Hena na obetumi ayi me asi fam? Sɛ woma wo ho so sɛ ɔkɔre, na sɛ wode wo berebuw si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛfa wo afi aduru, AWURADE asɛm ni. Sɛ awifo, sɛ anadwo adwowtwafo ba wo so a, ao, woasɛe dɛn ara, so anka wɔrenwia nea ɛbɛso wɔn? Sɛ obobe abatewfo ba wo so a, so anka wɔremma mpɛpɛwa nka anaa? Na wo Esau de, hwɛ wɔapra w'ade mu na wɔapɛ n’ahentade dɛn ara! Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo, wɔapam wo abedu ɔhye so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoe so adaadaa wo afa wo so; wɔn a wodii w’aduan asum w’ase afiri; nhumu abɔ no. So ɛnyɛ ɛda no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɛe anyansafo afi Edom, ne nhumu afi Esau bepɔw so? Teman, wo nnɔmmarima bo betu, na wɔde kum atwa nnipa nyinaa afi Esau bepɔw so. Atirimmɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwu bɛkata wo ho, na wɔatwa wo akyene akosi daa. Ɛda a wubegyinaa ntentenso, ɛda a ananafo faa ne dɔm nnommum kɔe, na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu na wɔtwee Yerusalem so ntonto no, ɛno mu na wo nso woyɛe sɛ wɔn mu biako. Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wo nua, ɛda a abu buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma ho, wɔn sɛe da no; ɛnsɛ sɛ anka wohyehye wo ho, ahohia da no; ɛnsɛ sɛ anka wohyɛn me man kurow pon no mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wɔn amanehunu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa so wɔn ahode mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wugyina nkwanta so twitwa ne mfimufo gu, na ɛnsɛ sɛ anka wuyi ne nnipa a wɔaka no ma, ahohia da no. Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo, wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi. Na sɛnea amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa me bepɔw kronkron no so no, saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa yi, amanehunu bɛmene wɔn na wɔn ase ahyew koraa. Na Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so. Na Yakob fi bɛyɛ ogya, na Yosef fi ayɛ ogyaframa, na Esau fi ayɛ sakran, na wɔadɛw wɔn mu ahyew wɔn a obiara renka mma Esau fi, efisɛ AWURADE na waka. Na anafo famfo bɛfa Esau bepɔw adi so, na asasetaw sofo bɛfa Filistifo de adi so, na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so, na Benyamin afa Gilead adi so. Na dɔm yi a ɛyɛ Israel mma de no nnommum a wɔwɔ Kanaanfo mu no bedi asase no so de akosi Sarefat, na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa nifa mu nkurow no adi so. Na agyefo bɛforo aba Sion bepɔw so abedi Esau bepɔw no so, na ahenni no bɛyɛ AWURADE dea. Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim. Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis. Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ. Na hyɛn no mufo no suroe, na wɔteɛteɛɛm frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotow hyɛn no mu aguade guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso na Yona de, na wasian kɔ hyɛn no yam akɔda hatee. Ɛnna hyɛn mu panyin no kɔɔ Yona nkyɛn, na obisaa no sɛ: Wokyerɛ dɛn nti na woda hatee sɛɛ? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia obedwen yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛmmɔ ntonto mfa nhu nea ne nti, saa amane yi aba yɛn so yi. Na wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona. Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi! W’adwuma ne dɛn, na ɛhe na wufi reba yi? Wufi ɔman bɛn mu, na wo nkyi ne he? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no. Ɛnna nnipa no suroe pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔreguan afi, efisɛ waka akyerɛ wɔn. Na wobisaa no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ wo, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Efisɛ na ɛpo no kɔ so huru ara. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me, na montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo ama mo; na minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so yi. Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresan aba asase kesee so, na wɔantumi, efisɛ ɛpo no kɔ so huru hyia wɔn ara. Ɛnna wosu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, AWURADE, na woyɛ sɛnea wopɛ. Ɛnna wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na ɛpo no gyaee ne hamahamayɛ. Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔre maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ. Nso na AWURADE asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo. Na Yona fi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpae sɛ: Mifi m’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, na otiee me; mifi asaman bun mu meteɛɛm, na woate me nne. Na wotow me kyenee ebun mu, ɛpo koma mu, na ɔhweam twaa me ho hyiae; w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa bu faa me so. Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan. Nsu betwaa me ho hyiae beduu ɔkra ho, ebun twaa me ho sii, ɛpo mu wura kyekyeree me ti; misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa, nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn. Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, yiw w’asɔrefi kronkron hɔ. Wɔn a wodi atoro ahoni akyi no, pa wɔn dom no. Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre, nea mahyɛ ho bɔ no, metua; efisɛ nkwagye fi wo AWURADE hɔ. AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so. Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ: Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ wo no kyerɛ wɔn. Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no so siim kɔɔ Niniwe. Nso Niniwe yɛ kurow kɛse, nnansa na wɔde twa ho hyia. Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw. Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so. Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu, na ɔma wɔpaee mu kae Niniwe, ɔhene ne n’atitiriw asɛm so, kae sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwi ne nguan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wonnkodidi, na wɔnnnom nsu nso. Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho. Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ nea ɔrebɛyɛ no ho, na wadan ne ho afi abufuhyew no ho, na wansɛe yɛn. Na Onyankopɔn huu wɔn nneyɛe, sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne no so, na ɔsakraa n’adwene wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ. Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fuwii. Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho. Na afei, AWURADE, gye me kra fi me nsam ɛ, na owu ye ma me sen nkwa. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: So eye sɛ wo bo afuw yi? Na Yona fii adi fii kurow no mu, na ɔkɔtenaa kurow no apuei, na ɔbɔɔ ɔsese hɔ fae, na ɔtenaa ase onwini no mu sɛ enkosi sɛ obehu dekode a ɛbɛyɛ kurow no. Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkuruma, na ɛfefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini, sɛ enyi no mfi n’ahohia no mu. Na Yona ani gyei adedenkuruma no ho kɛse. Na n’adekyee a owia reba abepue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi ma ofitii adedenkuruma no mu ma ɛpoe. Na owia puei no, Onyankopɔn siesiee apuei mframa a emu yɛ hyew, na owia bɔɔ Yona atifi ma ɔtɔɔ piti. Na ɔsrɛe sɛ anka onwu, na ose: Owu ye ma me sen nkwa. Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: So eye sɛ wo bo fuw adedenkuruma no ho yi? Na Yona buae sɛ: Yiw eye sɛ me bo fuw de kɔ owu mu. Na AWURADE kae sɛ: Wo de, adedenkuruma no asɛm yɛ wo yaw, nso wonyɛɛ ho adwuma bi, na ɛnyɛ wo na woma enyinii, na ɛbae anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro. Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de, renyɛ me yaw anaa? AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni. Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu. Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so. Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian. Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem? Enti mede Samaria mɛyɛ wuram abokuw wɔ aman anim ne abobe atɛwee, na mede n’abo megu obon no mu, na mayi ne nnyinaso adi. Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ. Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori. Na n’apirakuru no wontumi nsa bio; na abedu Yuda, abɛso me man pon ano, adu Yerusalem. Monnka no wɔ Gat, munnkosu koraa; wɔ Bet-leafra na monyantam mfutuma mu. Safirfo, monsen nkɔ, wɔ adagyaw ne aniwu mu; Sanaanfo mfi adi; Bet-esel retwa adwo na obegyae w’akyi gyina; na Marotfo de ahoyeraw twɛn mmere pa, efisɛ amane afi AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kurow pon ano. Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no. Enti wɔbɛma Moreset-gat nkradi akyɛde: Aksib afi bedi Israel ahene huammɔ. Maresafo, mede ɔdedifo foforo mɛbrɛ mo; Adulam na Israel anuonyamfo bedu. Bɔ tikwaw na bɔ kwatrekwa, w’akorɔkorɔ mma nti, ma wo tikwaw ntrɛw sɛ opete de, efisɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ nnommum mu. Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu, na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so. Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne. Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no. Enti worennya nea ɔde susuhama bɛto wo kyɛfa so, AWURADE asafo mu. Monnka adiyisɛm! Sɛ wɔkeka nen; wɔnnka eyinom ho adiyisɛm, ahohora remma. Yakob fi, so; wɔnka sɛ: So AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? So eyinom ne ne nneyɛe anaa? So ɛnyɛ yiye na me nsɛm yɛ nea ɔnam tee no anaa? Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso. Mopam me man mu mmea fi wɔn afi afɛfɛ mu na mugye m’anuonyam fi wɔn mmotafowa hɔ koraa. Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti. Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo! Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo. Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan. Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu? Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho, na mo na moadi me man nam, na moaworɔw wɔn were afi wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kutu mu ade, ne ɔsɛn mu nam. Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no. Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no, wɔnoa no so sa no. Ne saa nti ade bɛsa mo, anisoadehu nni hɔ ma mo, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifo no so, na adekyee adan wɔn so sum kabii; na adehufo no ani bewuwu, na nkɔmhyɛfo no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bemuamua wɔn ano, efisɛ Onyankopɔn mmuae bi nni hɔ. Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne. Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa, mo a mokyekye Sion, mogyahwiegu mu, ne Yerusalem, akɔntɔnkyede mu. Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so. Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea. Na nna a edi akyiri no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem. Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka. Na aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daadaa. Ɛda no, AWURADE asɛm ni, mɛboa asiifo no ano, na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba, ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no. Na mɛma asiifo no ayɛ nkae, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛse; na AWURADE bedi wɔn so hene Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa. Na wo, Sion babea koko, woayɛ sɛ nguanhwɛ abantenten wo hɔ, na kan tumidi no bɛba abedu, Yerusalem babea ahenni no bɛba abedu. Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi? Sion babea, ko awo, kyem sɛ ɔwofo, na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram, na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam. Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no. Na wɔn de, wonnim AWURADE adwene na wonhu n’agyinatu mu; sɛ waboaboa wɔn ano sɛ awiporowbea afiafi. Sɔre, porow, O Sion babea, na mɛyɛ wo dade mmɛn, na mayɛ wo ntɔte kɔbere, na wode adwerɛw aman pii dukuduku, na mehyira wɔn ahonyade so mama AWURADE, ne wɔn ade dodow so mama asase nyinaa wura no. Afei bɔ tukuw, wo Sion babea; wotua yɛn twa yɛn ho hyia; wɔde abaa bɔ Israel temmufo abogye. Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu. Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba. Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei. Na oyi bɛyɛ asomdwoe. Sɛ Asaria ba yɛn asase so na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no. Na wɔde afoa ayɛn Asaria asase ne Nimrod asase n’apon mu; na sɛ Asaria ba yɛn asase so na sɛ otiatia yɛn hye so a, obegye yɛn afi ne nsam. Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso. Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ. Ma wo nsa so, w’ahohiafo so, na di w’atamfo so. Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, metwitwa w’apɔnkɔ afi wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam, na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa; na metwitwa wo ntafowayi afi wo nsam, na woannya akɔmfo bio; na metwitwa w’ahoni ne w’adum afi wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio; na metutu w’abosompɔw nnua afi wo mu, na masɛe wo nkurow; na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were, amanaman a wɔantie no so. Muntie nea AWURADE ka ɛ! Sɔre bɔ wo nkuro wɔ mmepɔw anim, na nkoko ntie wo nne. Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ, ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no! Na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel beyi ntɛn. Me man, dɛn na mayɛ wo, na ɛdɛn na mede mahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ! Na miyii wo fii Misraim asase so bae, na migyee wo fii nkoafi mu, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim. Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no. Dɛn na memfa memmra AWURADE anim na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no? So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim, ne nantwi mma a wɔadi afe afe? So AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du? So me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti? Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew. AWURADE nne refrɛ kurow no, na nea osuro me no yɛ onyansafo, muntie nteɛso ne nea ɔhyɛe no. So amumɔyɛ mu adenya da so wɔ omumɔyɛfo fi, ne olonka a wɔahuan so a wɔadome no? So mebu nea ɔde nsenia ne fotow a nsisi abrammo wɔ mu bem anaa? Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom. Na me nso mabɔ wo ma abɔ wo yare, wo bɔne nti na masɛe wo. Wo de, wubedidi na woremmee, na wo yam bɛda mpan na ɔkɔm ade wo ara; na wobɛtwe wo nnosoa, nanso woremma emfi mu sɔnn; na nea woma efi mu mpo, mede mɛma afoa; wo de, wubegu na worentwa; wubekyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobekyi nsamono, na worennom nsa no. Efisɛ wodi Omri ahyɛde ne Ahab fi nneyɛe nyinaa so, na wonennam wɔn agyinatu so, nea ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwiriwde, ne emufo no nso ohwiremabɔ, na moasoa me man ahohora. Minnue, na mayɛ sɛ nnuabatew, sɛ bobe aba mpɛpɛwadi, bobe kasiaw a medi, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ. Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri. Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne. Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu. Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu mpo no, ne ho na wɛn w’ano. Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesafo, ɔbabea sɔre hyɛ ne na, osew sɔre hyɛ n’ase, onipa fifo yɛ n’atamfo. Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me. Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann. Mɛsoa AWURADE abufuhyew no, efisɛ mayɛ no bɔne, de akosi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; obeyi me afi sum mu aba hann mu; mɛhwɛ ne trenee no. Na me tamfo behu, na aniwu abɛkata no so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no? Mede m’ani mɛhwɛ no, afei wobetiatia no so sɛ mmorɔn so dɔte. Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba; ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri. Ɛda no na wobefi Asaria ne Misraim nkurow mu aba, na wobefi Misraim akosi asu no ano, afi po ne po, bepɔw ne bepɔw ntam aba. Na asase no bɛdan amamfo ɛsofo no nti, wɔn nneyɛe so aba no nti. Fa wo poma yɛn wo man, w’agyapade nguan a wɔn nko te kwaem, a asase pa atwa ho ahyia no; ma wonnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. Mɛma wɔahu anwonwade sɛ nna a wufii Misraim asase so bae no. Amanaman behu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninne nyinaa ho; wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano, na wɔn aso nso besisiw; wɔbɛtaforo mfutuma sɛ ɔwɔ, sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho ase, wɔde ahopopo befi wɔn hintabea aba; wɔde ahohim bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wɔasuro w’anim. Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ; yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no, ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ; na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu. Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no. Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho. Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo. AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma. Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam; mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo. Hena na obegyina n’abohuru anim, na hena na ɔbɛsɔre ahyɛ n’abufuw no? N’anibere hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim. AWURADE ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan kɔdan no. Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu. Atamfo, dɛn na mudwen AWURADE ho? Obewie mo korakora, na morensɔre ntia no mprenu. Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan. Wo Niniwe, wo mu na nea odwen AWURADE ho bɔne, nea otuu agyina huhuw no fi. Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mudi mu na mo dɔɔso saa po a, wobetwitwa mo agu saa ara, na moatwam akɔ. Ao Yuda, na sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei de meremmrɛ wo ase bio; na afei mebubu Niniwe kɔnnua afi wo so, na matetew wo nkyehama mu. Na wo Niniwe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ wo din bɛyera afi asase so; metwitwa ohoni a wɔasen ne ogu honi afi wo nyame fi; mɛbɔ wo damoa, efisɛ woadan atantanne. Hwɛ, mmepɔw so na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm. Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboade, na ohuhuni no remfa wo mu bio, woatwa no akyene koraa. Niniwe, nea ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Bɔ nsra a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ wo ho so, hyɛ w’ahoɔden mu den yiye. Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resan aba sɛ Israel kɛseyɛ; ɔno a afowfo afow no, na wɔasɛe ne bobe abaa. Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofofo no furafura kɔben, nteaseɛnam no yɛ dade gya, ɛda a osiesie dɔm no, na wɔwosow peaw nnua; nteaseɛnam bɔ dam mmɔnten so, efi ti kɔ ti, mprama so; ɛho te sɛ agyatɛn, ɛnenam sɛ anyinam. Ɔfrɛfrɛ n’akofo atitiriw, wohintihintiw wɔn nantew mu; wɔde ahoɔhare kɔ fasu no so, na wɔde osuhyɛ si so. Wɔabue nsubɔnten no ano aponkɛse no, na ahodwiriw aba ahemfi. Na wɔahyɛ no sa, wɔapa [Niniwe] ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛ mmorɔnoma pempem wɔn koko. Na Niniwe te sɛ ɔtare fi ne tete nna mu; na wɔn de, woguan. Munnyina, munnyina! Na obiara nnan n’ani. Momfow dwetɛ, momfow sika kɔkɔɔ! Na ahonyade no nni awiei, nnwinne afɛfɛ ahorow nyinaa dodow yɛ duru. Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan, na wayɛ hunu ne amamfo, na wo koma ahodwow, na w’anankoroma hinhim, w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw, na w’anim nso asinsiam fitaa. Ɛhe na gyata tenabea no wɔ, ne gyataforo adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, nea gyatanini ne gyatabere ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no? Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere, na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde nea ɔtetew mu no hyehyɛɛ ne tenabea. Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na mɛma ne nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi w’agyataforo no; na metwa w’afow ade no afi asase so, na wɔrente w’abɔfo no nne bio. Due, mogya kurow! Wo a apoobɔ ne awudi ahyɛ wo mu nyinaa ma, na afow no to ntwa wɔ mu. Ɔpɔnkɔ abaa gyigye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam huruhuruw. Apɔnkɔsotefo nam so reba, afoa pa nyinamnyinam, na peaw pa yerɛwyerɛw, atɔfo dɔɔso, awufo dodow, wontumi nkan, na wohintihintiw wɔn afunu no. Eyi nyinaa fi Niniwe aguaman hoɔfɛfo ntafowayifo no aguamammɔ dodow no, ɔno na ɔde n’aguamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayi tɔn mmusuakuw. Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na meyi w’atade mmuano afa w’anim, na mama amanaman ahu w’adagyaw, na ahenni aman ahu w’ahohora. Na mɛtow atantanne agu wo so, na m’agoru wo ho, na mede wo mayɛ ahwɛde. Na obiara a obehu wo no beguan, na waka sɛ: Niniwe adan akurofo! Hena na obedi no nkɔmmɔ? Ɛhena na ɔbɛkyekye ne werɛ? So wuye sen No-amon a ɔte asuten ntam a nsu nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasu no? Etiopia ne Misraimfo yɛ ne dɔm a wɔyɛ den a wontumi nkan wɔn bio. Put ne Libiafo nso di boaa no. Ɛno nso akɔ otukɔ mu, ɔkɔɔ nnommumfa mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn bobɔɔ mmorɔn nyinaa so twitwaa wɔn mu asinasin, na wɔtwee n’anuonyamfo so ntonto, na woguu ne nnipa akɛse nyinaa mpokyerɛ. Wo nso ahohiahia bɛbow wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ guankɔbea ɔtamfo anim. W’aban a ɛyɛ den nyinaa yɛ borɔdɔma nnua a ɛso wɔ adɔmakan, sɛ wɔwosow a, ɛtotɔ odifo anom. Hwɛ, w’akofo yɛ mmea wɔ wo mu, obue na wɔabue w’asase apon ama w’atamfo, ogya ahyew w’apon akyi adaban. Sesaw ntoa nsu sie, miamia w’abandennen mu! Tia dɔte mu wɔw ɛbo, miamia ntayaa fononoo no mu. Ɛhɔ ara na ogya bɛhyew wo, afoa betwa wo akyene sɛ ntuntummɛ sɛe nnɔbae. Ma wo dodow nyɛ sɛ ntuntummɛ, na ɛnnɔɔso sɛ mmoadabi. Woama w’aguadifo adɔɔso asen ɔsoro nsoromma; nanso wɔte sɛ ntuntummɛ, wogu so fow, na wotu kɔ. W’asafohene te sɛ mmɛbɛw, na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmoadabi akuwakuw a wɔsensam ban ho awɔw da; owia fi a, wotu kɔ a obi bi nnim faako a wɔkɔ. W’ahwɛfo afa mu adeda, O Asaria hene, w’anuonyamfo deda hɔ; wɔabɔ wo man apete mmepɔw so, na ɔnoboafo nni hɔ. Wo kuru nni asaye, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so; na hena na watumi aguan afi wo daadaa haw no ho? Eyinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifo Habakuk. AWURADE, menteɛm nkosi da bɛn ara, na wubetie me? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, nanso worennye me so Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw pii yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre. Enti mmara mu agow, na atɛntrenee nni hɔ bio, efisɛ abɔnefo twa ɔtreneeni ho hyia, enti atemmu akyea. Monhwɛ amanaman mu na munhu, na mo ho nnwiriw mo pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo bere so a, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni. Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den, na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew asase so nyinaa, fa tenabea a ɛnyɛ wɔn de di so. Wɔn ho yɛ hu ne ahometew, wɔyɛ ahantanfo a wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu yiye sen anadwofa mpataku, na wɔn apɔnkɔ tew praka, na wofi akyirikyiri reba, wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ ntɛm akɔ adidi. Wɔn nyinaa reba anibere so, na wɔde wɔn ani akyerɛ apuei fam, na wɔtase nnommum sɛ anwea. Wɔn de, wosi ahene atwetwe na abirempɔn ho yɛ wɔn serew, wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔte ano gu hɔ na wɔfa. Ɛno na wotwam sɛ mframa, na wɔsen kɔ, na wokodi so; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame. AWURADE, me Nyankopɔn, me kronkronni, so womfi tete nteredee? AWURADE wo ne ɔbotantim, yɛrenwu, na mmom hyɛ ara na woahyɛ Kaldeafo sɛ wommu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ. Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw, ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm? Na woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa, sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn so. Saa nti ɔtamfo no de darewa atwe wɔn nyinaa, ɔde asawu twe wɔn, na ɔboa wɔn ano ne kyerɛnkyɛ mu; enti n’ani gye na ne ho sɛpɛw no, Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso. So ɛno nti ɔnkɔ so mporow n’asawu mu, na okunkum amanaman a ahummɔbɔ nni mu? Megyina m’ahwɛe na mede me ho besi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me, ne nea mede bebua no me nkurobɔ ho. Na AWURADE buaa me sɛ: Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so. Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba na ɛyɛ nokware, sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri. Hwɛ, ahantanfo. Wɔn kra nteɛ wɔ wɔn mu, na ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa. Na afei nso, Kaldeafo te sɛ asabofo, na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfo a wɔn ho nnwo da. Wɔatrɛw wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ asaman, na wɔte sɛ owu a ɔmmee na wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn, na wɔfom aman nyinaa fa. Hwɛ bere bi reba a wɔn nnommumfafo bɛserew wɔn na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Nea ɔfow nneɛma bebree fa no w’apoobɔ yi bɛkɔ so akosi da bɛn? So ɛnyɛ mpofirim na wɔn a wɔde wo ka no bɛsɔre, na wɔabɛhwanyan mo na moadan wɔn asade? Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, na woahyɛ nkurow ne emufo so, na woahwie nnipa mogya agu nti, wo nso aman bɛfow wo afa. Onnue, nea onya mfaso bɔne ma ne fi, na ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea sɛ wayi ne ho afi mmusu nsam no. Woatu agyina bɔne anya aniwu ama wo fi, sɛ woatwitwa aman pii agu na woayɛ wo kra bɔne. Ɔbo fi ɔfasu mu bɛteɛm, na mpuran afi nnua mu agye so. Onnue, nea ɔkyekye kurow mogya mu, na ɔto aban abusude mu. Hwɛ, so emfi asafo AWURADE nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya, na nkurɔfo brɛ ma adehunu? Na afei AWURADE anuonyam ho nimdeɛ, bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so. Due, wo a woma wo yɔnko biribi nom wɔ adwene bɔne kwan so na woma ɔbow na woahwɛ n’adagyaw mu. Ahohora amee wo asen anuonyam, wo nso nom, na wo momonoto nna adi. AWURADE nifa mu kuruwa bɛdan aba wo so, na ɔfe ne ahohora begu w’anuonyam so. Na wo Babel, asɛmmɔne a wodii no Lebanon; mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw, nnipa mogya a woka guu asase so, ne kurow ne emufo nhyɛso no nyinaa bɛba w’atifi. Sɛ odwumfo sen ohoni a, ɛho mfaso ne dɛn? Ɛyɛ oguhoni ne atoro kyerɛkyerɛfo; efisɛ odwumfo yɛ ahoni mum a ɔde ne ho to n’ankasa n’adwinni a odi no so. Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu. Na AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu; ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim. Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so. AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu. Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma. Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesae wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahintawee. Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na ɔyare a ɛhyehye fi di ne nan ase. Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, n’akwan te sɛ tete de. Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo. Nsubɔnten so na, AWURADE w’abufuw redɛw? Ɛpo na wo bo huru tiaa no bere a wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagye nteaseɛnam so reba no? Woayɛ wo ta krado, na woaka ntam wɔ w’agyantow ho. Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔnten. Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro; owia ne ɔsram gyinagyinaa wɔn sibere w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo peaw anyinam pa hyerɛn no nti. Abohuru mu na wonam fa asase so, abufuw mu na woposaw amanaman. Wufii adi sɛ worebegye wo man, worebegye nea wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefo ti, womaa ne ho daa hɔ fi ne nan ase kosi n’atifi Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu. Wode w’apɔnkɔ si po mu, nsu pii a ehuru no mu. Metee na me yafunum popoe, m’ano saw biribiri, ɛnne no ho; ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso mɛtena ase matwɛn ahohia da no, mahwɛ asotwe a AWURADE de bɛma wɔn a wɔbɛtoaa yɛn no. Sɛ borɔdɔma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan, nguan to twa fi ban mu, na nantwi bi nni adan mu mpo a. Me de AWURADE mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu. ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so. Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so ni. Ɔpra na mɛpra ade nyinaa afi asase ani makɔ, Awurade asɛm ni. Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne hintidua ɛne abɔnefo, na matwitwa nnipa afi asase ani agu, Awurade asɛm ni. Na mɛteɛ me nsa, Yuda so ne Yerusalemfo nyinaa so, na metwa Baal nkae ne abosom asɔfo no din afi ha yi agu, ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo, adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka Awurade ntam na wɔkeka wɔn hene ntam, ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade na wommisaa n’akyi kwan no. Monyɛ komm, Awurade Nyankopɔn anim, na Awurade da no abɛn, na Awurade asiesie okum afɔre, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no. Na Awurade kum afɔre da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafo atade nyinaa aso. Na ɛda no mɛtwe obiara a ohuruw tra apongua ase aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisi hyehyɛ wɔn wuranom afi amaama. Na ɛda no, Awurade asɛm ni, osu nne befi Mpataa Pon no ano, na adwotwa afi ɔfa a ɛto so abien no mu, na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba. Muntwa adwo, mo a mote Mortar, efisɛ wɔasɛe aguadifo asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔsoa dwetɛ no nyinaa. Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no. Na wɔn ahonyade bɛdan afow ade, na wɔn afi adeda ntuw; wobesisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa. Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ, Awurade da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ. Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da, torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so. Na mehiahia nnipa ho na wɔanantew sɛ anifuraefo, efisɛ Awurade na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya begu sɛ mfutuma, ne wɔn honam sɛ nwura dodow; wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, Awurade abufuw da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so. Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, ɔman a mo ani nwu ade! Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma Awurade abufuw mu gya no mmma mo so ansa, yiw mommma Awurade abufuw da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade abufuw da no. Na Gasa bɛyɛ kurow a wɔagyaw, na Askelon ayɛ akurofo; Asdod de, wobetu wɔn awia ketee, na Ekron ase nso, wobetutu. Munnue, mpoanofo, Keretifo man! Awurade asɛm da mo so, Kanaan a ɛyɛ Filistifo asase! Mɛma wɔasɛe wo, na anka wo mufo bi. Na mpoano asase bɛdan adidibea a nguanhwɛfo funu mu na nguamman wowɔ hɔ, na ayɛ Yuda fi nkae asase a wɔyɛn so mmoa, Askelon afi mu na wobebutubutuw anwummere, na Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn nnommumfa asan aba. Mate Moab nsopa ne Amonfo yaw a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hye no; enti, sɛ mete ase yi, asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni, ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfo; me man nkae bɛfow wɔn, na me nkurɔfo a wɔbɛka no afa wɔn adi. Wɔn ahantan nti na eyi bɛyɛ wɔn, efisɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so ahyɛ asafo Awurade man no. Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no. Mo Etiopiafo nso, m’afoa ano na mobɛtotɔ. Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ benkum fam, na wasɛe Asiria, na wadan Niniwe amamfo, na awo kesee sɛ sare so, na mmoakuw abutubutuw mu, mmoadoma nyinaa; pokupoku ne, apɛsɛe nso bɛtena n’adum no so; wɔbɛte nnomaa su mfɛnsere mu, nwura dodow begugu apongua ase, efisɛ wama ne nkyeneduru no ho ada hɔ. Eyi ne kurow a edi ahurusi a ɛte hɔ anibiannaso so, na ese ne koma mu sɛ: Me ara, na obi nni m’akyi bio. Adan amamfo, mmoa abutuwii, dɛn ara ni! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwirema hwee hwee, na wawosow ne nsa. Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow. Wante asɛm, wannye nteɛso, wamfa ne ho anto Awurade so, wammɛn ne Nyankopɔn. Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa. N’adiyifo yɛ ahohoahoafo, nkɔnkɔnsafo ara nko, n’asɔfo hura kronkronbea ho, wodi mmara ho asɛmmɔne. Awurade a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ ne mu, ɔrenyɛ abusude; daa anɔpa ɔde n’atemmu ba hann mu, onnyae da, nanso nea ɔnteɛ nnim aniwu. Matwitwa amanaman agu, wɔn abantenten atifi adannan afo, mama wɔn mmorɔn so adeda mpan a obiara ntwam hɔ, wɔasɛesɛe wɔn nkurow, a nnipa nni mu, na obiara nte mu. Mekae se: Suro me ara, gye nteɛso, na wɔrentwa ne tenabea nkyene, nea mahyɛ wo no nyinaa ho; nanso wotuaa ahema sɛesɛee wɔn nneyɛe nyinaa. Enti monhwɛ me kwan, Awurade asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew. Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ Awurade din no, na wɔnyɛ nokoro nsom no. Etiopia nsubɔnten agya nohɔ na m’asɔrefo, me nnipa a wɔbɔɔ wɔn petee no, fi de m’aduan ayɛyɛde abrɛ me. Ɛda no w’ani renwu wo nneyɛe a wode too me mmara no nyinaa ho bio, na emu na meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔw kronkron no so. Na mɛma amanehunufo ne ahiafo aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato Awurade din no so. Israel nkae no renyɛ mfomsode, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu. To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na koma nyinaa nni ahurusi, O Yerusalem babea. Awurade ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; Awurade, Israel hene ne wo wɔ hɔ, na worensuro bɔne bi bio. Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mmpa abaw. Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, ɔkofoni a ɔma nkonimdi; ne ho bɛsan no, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, ne ho bɛsɛpɛw no, ahurusi dwom mu, sɛ afahyɛ da. Meyi amane afi wo so, na woansoa ɛho ahohora. Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye asiifo no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no, na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi, na atene asase nyinaa so. Bere no mu na mede mo mɛba fie, na ɛbere no na mɛboaboa mo ano; na mede mo mɛyɛ din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu, bere a mede mo ahonyade mɛsan maba no, mo aniwa behu, Awurade na ose. Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnyɛ bere a wɔde besi Awurade fi no ni. Na Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ: So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛnna hɔ ntuw? Na afei sɛ asafo Awurade se ni: Monhwɛ sɛnea nneɛma si rekɔ wɔ mo abrabɔ mu no yiye. Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu. Sɛ asafo Awurade se ni: Afei monhwɛ mo akwan yiye, na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose. Mohwɛɛ ade pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewaa; na mode baa ofie, na mihuw petee. Adɛn nti? Asafo Awurade asɛm ni; me fi a ɛda ntuw nti a, na mo de, moasiesie mo afi mu. Ne saa nti na ɔsoro akame obosu, na asase akame ne nnɔbae, na mefrɛɛ ɔyow mebaa asase ne mmepɔw so, ne awi ne nsamono so, ne ngo ne ade a asase de ba so, ne nnipa so ne afieboa so, ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so. Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim. Ɛnna Hagai, Awurade bɔfo no, bɔɔ Awurade kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Midi mo akyi, Awurade asɛm ni. Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi, ɔsram a ɛto so asia no, da a ɛto so aduonu anan no so, ɔhene Dario afe a ɛto so abien no mu. Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu biako no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ: Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no, ne ɔman no nkae no sɛ: Mo mu hena na aka a ohuu ɔdan yi kan anuonyam no? Na muhu no dɛn afei? So ɛnte sɛ ade a ɛnyɛ hwee, mo ani so? Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni. Ɛnam Apam a me ne mo pamee bere a mufii Misraim bae no ne me honhom a ɛte mo mu no nti, munnsuro. Na sɛ asafo Awurade se ni: Bio: Aka kakraa bi na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee, na mɛsosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de wɔn agyapade bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose. Me na sika ne dwetɛ wɔ me, asafo Awurade asɛm ni. Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade na ose, na ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade asɛm ni. Ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien no mu, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Bisa asɔfo no kasakyerɛ sɛ: Hwɛ, obi kura nam kronkron n’atade mmuano so, na ɔde mmuano no kɔka abodoo ne aduan a wɔanoa ne nsa ne ngo ne aduan biara a, so ɛbɛyɛ kronkron anaa? Na asɔfo no bua kae sɛ: Dabi. Na Hagai bisaa sɛ: Nea funu nti ne ho akum kɔka eyinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfo no bua kaa se: Yiw ɛho akum. Ɛnna Hagai bua kae sɛ: Saa na nkurɔfo yi te, na saa na ɔman yi te wɔ m’anim, Awurade asɛm ni, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne nea wɔde brɛ me hɔ no te: Ɛho akum. Na afei monhwɛ nea efi nnɛ rekɔ yi, ɛbɛba. Wonnya mfaa ɔbo ntoo ɔbo so Awurade asɔrefi no, ewiee mo dɛn? Obi ba awikuw susuw ade aduonu ho a, na ɛyɛ du; obi ba nsa-kyi-amoa ho bɛsaw nhina aduonum a, na ɛyɛ aduonu; mede ɔhow ne ɔpo ne amparuwbo mebɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannan amma me nkyɛn, Awurade asɛm ni. Na Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so, ɔsram no da a ɛto so aduonu anan mu sɛ: Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ: Merebɛwosow ɔsoro ne asase, na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano. Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, Awurade asɛm ni, na mede wo mayɛ sɛ nsɔanode; na wo na mafa wo mayɛ me de, asafo Awurade asɛm ni. Dario afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so awotwe mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ: Abohuru na Awurade bo huru hyɛɛ mo agyanom. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Monnyɛ sɛ mo agyanom a kan adiyifo no pae mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mfi mo akwammɔne ne mo nsɛnnii bɔne no so, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, Awurade asɛm ni. Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no, so wɔtenaa hɔ kosii daa? Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no. Ɔsram a ɛto so dubiako a ɛne ɔsram Sebat [a ɛte sɛ Ogyefuo] da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ: Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn? Na ɔbɔfo a ɔrekasa akyerɛ me no buaa me sɛ: Merebɛkyerɛ wo dekode a eyinom yɛ. Na ɔbarima a ogyina ohuannua no ntam no buae sɛ: Eyinom na Awurade asoma wɔn sɛ wonkokyin asase so. Na wobuaa Awurade bɔfo a ogyina ohuannua no ntam no sɛ: Yɛakyin asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo. Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no? Na Awurade de nsɛm pa, awerɛkyekye nsɛm, buaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Pae mu ka sɛ: Sɛ Asafo Awurade se ni: Ninkunu kɛse na matwe Yerusalem ne Sion ho, na abohuru kɛse na me bo huru hyɛ amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, efisɛ me de, me bo hurui kakraa bi, na wɔn de, wɔboae ma ɛdan bɔne. Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so. Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Nnepa bebu so me nkurow mu, na Awurade bɛkɔ so akyekye Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de. Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmɛn anan ni. Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Dɛn ne eyinom? Na obuaa me sɛ: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no. Na Awurade kyerɛɛ me atomfo baanan. Na mibisaa sɛ: Ɛdɛn na eyinom bɛyɛe? Na ose: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda petee na obi amma ne ti so no, na eyinom baa wɔn ehuyi, sɛ wobetutu amanaman a wɔmaa abɛn so hyɛɛ Yuda asase de bɔɔ wɔn petee no. Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a okura susuhama ne nsam ni. Na mibisaa sɛ: Ɛhe na worekɔ? Na obuaa me sɛ: Merekɔ makosusuw Yerusalem mahwɛ sɛ ne trɛw ne ne ntwemu te. Na hwɛ, ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi, na ɔbɔfo foforo fii adi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti; na me de, Awurade asɛm ni, m’ankasa mɛyɛ no ogya fasu matwa ne ho ahyia, na mayɛ ne mu anuonyam. Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni. Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no. Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua. Na hwɛ, wɔn so na mehwim me nsa na wɔadannan afow ade ama wɔn nkoa, na moahu sɛ asafo Awurade na asoma me. To ahurusi dwom, ma w’ani nnye, Sion babea, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, Awurade asɛm ni. Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn. Na Awurade bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa, asase kronkron no, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de. Ma akra nyinaa nyɛ komm, Awurade anim, efisɛ wasɔre afi ne tenabea kronkron hɔ. Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano. Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu? Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ogyina ɔbɔfo no anim. Na obua see wɔn a wogyinagyina n’anim no sɛ: Munyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama w’amumɔyɛ no afi wo so kɔ, na mede ntade nsakraho mahyɛ wo. Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ. Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan. Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba. Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro. Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase. Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no san bae, benyan me sɛ onipa a wonyan no fi ne nna mu, na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no. Na ngo nnua abien sisi hɔ, biako si ngo toa no nifa, na biako si ne benkum so. Na mibuaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Ɛdɛn ne eyinom, me wura? Na ɔbɔfo no gyee so bisaa me sɛ: So wunnim dekode a eyinom yɛ? Na mise: Dabi, me wura. Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose. Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so. Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn. Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no. Na mibisaa no sɛ: Dɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua abien yi? Na mibisaa ne mprenu so sɛ: Dɛn ne ngo nnua no abaa abien a ɛwowɔ sika ano abien a ehwie sika no ma efi mu gu no ho yi? Na obuaa me sɛ: So wunnim nea eyinom yɛ? Na mise: Daabi, me wura. Na ose: Eyinom ne nnipa baanu a wasra wɔn ngo na wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn no. Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, nhoma mmobɔwee a etu ni. Na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mibuaa no sɛ: Mihu nhoma mmobɔwee a etu, ne tenten basafa du, na ne trɛw basafa anum. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne nnome a efi adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifo nyinaa ne ntanhunukafo nyinaa fi ha; mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo. Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi na obisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, dɛn na efi adi yi? Na mise: Ɛdɛn ni? Na ose: Efa a efi adi no ni. Na ose: Eyi ne wɔn ahwɛde, asase nyinaa so. Na hwɛ, wɔmaa sumpii bo kurukuruwa bi so, na ɔbea biako a ɔte efa no mu ni. Na ose: Abɔnefosɛm ni. Na ɔtow no kyenee olonka no mu, na ɔtow sumpii bo no kyenee ano. Ɛnna memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmea baanu refi adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn de, wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa olonka no faa asase ne ɔsoro ntam. Ɛnna mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Ɛhe na eyinom de olonka no rekɔ yi? Na obuaa me sɛ: Wɔde rekɔ akosi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea. Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw. Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔbiri na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔfufu na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ nworannworan ahoɔdenfo na ɛwɔ ho. Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasa no sɛ: Dɛn ne eyinom, me wura? Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no. Nea apɔnkɔbiri wɔ ho no, wofi adi kɔ atifi fam asase so, na afufu no fi adi di wɔn akyi, na nworannworan no fi adi kɔ anafo fam asase so; na ahoɔdenfo no fii adi no, na wɔpɛ ntɛm anantew akyin asase so; na ɔkae sɛ: Monkɔ na munkokyin asase so. Na wokokyin asase so. Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefi adi akɔ atifi fam asase so no ama me honhom ho asan no atifi fam asase no so. Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: Gye sika ne dwetɛ fi atukɔfo a wofi Babel no Heldai ne Tobia ne Yedaia nsam, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛn Sefania ba Yosia fi, nea wofi Babel bae hɔ, na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no. Ɔno ara na obesi Awurade asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watena n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so, na asomdwoe agyinatu bɛtena wɔn baanu no ntam. Na Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba no, bɛhwɛ abotiri no so, sɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan no mu. Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu. Na ɛbae sɛ ɔhene Dario afe a ɛto so anan mu no Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn, ɔsram a ɛto so akron a ɛne Kislew no da a ɛto so anan. Na Betelfo somaa Sareser ne Regem-melek ne ne nnipa bae, sɛ wɔmmɛkotow nsrɛ Awurade anim, na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa? Ɛnna asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa? Nanso sɛ mudidi na monom nso a, so ɛnyɛ mo ara na mudidi na monom anaa? So ɛnyɛ nsɛm yi na Awurade nam kan adiyifo no so ma wɔpaee mu kae, bere a Yerusalem da so wɔ hɔ a wɔte mu na emu dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na wɔtete anafo fam ne tataw so no anaa? Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so; na monnhyɛ okunafo ne ayisaa, ɔhɔho ne ɔmanehunufo so, na obiara nnnwen ne nua ho bɔne ne komam. Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie. Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no. Na sɛnea mefrɛe na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo Awurade na ose. Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo. Na asafo AWURADE asɛm bae sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, [na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu]. Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron. Sɛ asafo AWURADE se ni: Nkwakoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔnten so, na wobenyin akyɛ akurakura poma wɔn nsam. Na mmarimaa ne mmeawa bɛyɛ kurow no mmɔnten so mama, na wɔagoru emu mmɔnten so. Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni. Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so, na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu. Sɛ asafo AWURADE se ni: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo a wɔwɔ hɔ no anim da a wɔhyɛɛ asafo AWURADE dan no ase sɛ wɔresi asɔredan no anom no. Na nna no nnya mmae no, na nea onipa nya nni hɔ, na nea aboa nya nni hɔ, na nea ofi adi ne nea ɔba mu no, ahohia nti asomdwoe nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa mema onipa ne ne yɔnko dii asi. Na afei mente sɛ kan nna no memma ɔman yi nkae, asafo AWURADE asɛm ni. Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi. Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den. Na sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea mo agyanom huruu me bo na midwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na mansakra m’adwene no, saa ara na masan madwen nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fi yiye; munnsuro! Eyinom ne ade a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho; nokware ne asomdwoe na momfa mmu atɛn mo nkurow apon mu. Na mo mu biara nnnwen ne yɔnko ho bɔne ne koma mu, na mommpɛ atoro ntanka, na eyinom nyinaa ne nea ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm ni. Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ. Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba, na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkotow nsrɛ AWURADE anim, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan! Me nso mɛkɔ. Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan Yerusalem, na wɔakotow asrɛ AWURADE anim. Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte. Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de. Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat, Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a. Na Tiro too aban a ɛyɛ den, na otiaa dwetɛ sɛ mfutuma, ne sika kɔkɔɔ sɛ mmorɔn so dɔte. Hwɛ, Awurade bɛma wɔafa no so na wasɛe ne tumi ɛpo mu, na ɔno ankasa de, ogya bɛhyew no. Askelon behu na wasuro, na Gasa, ho apopo sɛ, na Ekron nso, anidaso bɛyɛ ɔkwa, na ɔhene bɛyera afi Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio. Na amamfrafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan to. Na meyi ne mogya, n’anom, ne n’atantanne, ne se mu, na ɔno nso, wobegyaw no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusifo. Na mɛbɔ me fi ho nsra, afi n’atamfo ho ne nea otwam kɔ na ɔsan ba ho, na ɔhawfo bi antwam amfa wɔn mu bio; na afei m’ankasa bɛhwɛ wɔn so. Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so. Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei. Wo nso, w’apam mogya no nti meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu. Monsan mmra aban a ɛyɛ den no mu, mo nneduafo a mowɔ anidaso. Ɛnnɛ yi po mereka makyerɛ mo sɛ: Mmɔho na mede mahyɛ mo ananmu. Na makom Yuda sɛ ɔta mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afoa. Na Awurade beyi ne ho adi wɔn so, na n’agyan afi adi sɛ ɔsraman; na Awurade Nyankopɔn bɛhyɛn torobɛnto, na wanantew ahum a etutu anafo fam mu. Asafo Awurade bɛwaw wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ataabo mu abo so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ kora, sɛ afɔremuka ntwea. Na Awurade wɔn Nyankopɔn begye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nguankuw, efisɛ wɔbɛyɛ abotiri abo a ɛhyerɛn n’asase no so. Na ne yiye ne dɛn, na n’ahoɔfɛ ne dɛn? Aduan bɛma mmerante anyinyin na nsamono ama mmabaa nso ani agye. Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa. Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa dae hunu, wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan, wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ. Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn, na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso; na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. Ɔno mu na twea bo ne mmofunnua ne akodi ta befi aba, ɔno mu na ahawfo nyinaa bɛbom afi aba. Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dɔte so ɔko mu, na wobedi ako; efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ, na apɔnkɔsotefo anim begu ase. Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so. Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso behu na wɔn ani agye, na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi. Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no. Na medua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsaase so, na wɔne wɔn mma benya nkwa na wɔasan aba. Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn. Na ɔbɛfa ahohia po no mu, na waboro ɛpo mu asorɔkye, na asu Nil mu abon nyinaa ayoyow; na Asaria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim ahoɔden befi akɔ. Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni. Lebanon, hiɛhiɛ w’apon, na ogya nhyew wo nkyeneduru no. Ɔpopaw, twa adwo, na kyeneduru ahwe fam, efisɛ anuonyamfo asɛe; Basan adum, muntwa adwo, na kwae a ɛkorɔn abrɛ ase. Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe. Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn kae: Yɛn okum nguankuw a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no. Na merenkyɛe asase no sofo so bio, Awurade asɛm ni, na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahene nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obi wɔn nsam. Na meyɛn okum nguankuw no, nguan a wɔyɛ mmɔbɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma abien, mefrɛɛ biako sɛ: Adom, na mefrɛɛ biako sɛ: Nkyekyebom; na meyɛn nguankuw no. Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini. Ɛnna mekae sɛ: Merenyɛn mo bio; nea owu no nwu, na nea wotwa no kyene no, wontwa no nkyene, na wɔn a wɔaka no, obiako nni ne yɔnko nam. Na mefaa me poma Adom no mibuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pamee no. Na wotuei da no ara, na kuw no mu nguan a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔhwɛɛ me no hui sɛ Awurade asɛm ne no. Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ eye mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, munnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbona aduasa. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Tow kyene Awurade fi adekorabea, ɛbo a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me nen. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbona aduasa no metow mekyenee Awurade fi adekorabea no Na mibuu me dua biako Nkyekyebom no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: San fa oguanhwɛfo kwasea ade fa! Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu. O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura. Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni: Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso. Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no. Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn. Na Yuda abusua bɛka wɔn koma mu sɛ: Yerusalemfo wɔ ahoɔden, asafo Awurade wɔn Nyankopɔn mu. Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara. Na Awurade begye Yuda ntamadan kan, na Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam amma wɔn ho so anhyɛ Yuda. Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim. Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa masɛe wɔn. Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de. Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu, na asase no bɛbɔ abubuw, abusua abusua; Dawid fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Natan fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Lewifo abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Simei fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko; mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ. Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam. Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ. Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, efisɛ woaka Awurade din mu atosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no behwirew no mu. Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio. Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifo, meyɛ okuafo a mayɛ kua, fi me mmofraase. Na obi bisa no sɛ: Akuru bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? A, ɔbɛka sɛ: Opira a wopiraa me, m’adɔfo fi no nen. Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so. Na wobetwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu abien ma adwerɛw, nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no, wobegyaw wɔ so, Awurade asɛm ni. Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn! Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE, ama w’asade a wogyee wɔ wo nsa mu no wɔbɛkyɛ mu wɔ wo mfinimfini. Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu. Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no. Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam. Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho. Na ɛda no, awɔw anaa sukyenee biara remma. Na ɛbɛyɛ da koro a adesae nni mu, AWURADE na onim, awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummere po na hann wɔ hɔ. Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba. Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako. Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho. Na wɔbɛtena mu, na abusude biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo. Na eyi bɛyɛ ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: Wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipon mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom. Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa. Na Yuda ne Yerusalem bɛko, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa ade dodow ano, sika ne dwetɛ ne ntama bebree pa. Na apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ ne yoma ne mfurum ne mmoa a wɔwɔ nsra no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara. Na amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa mu nkae no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahyɛ asese fa no. Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osu rentɔ wɔn so; na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; na ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn so. Eyi na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe. Ɛda no wɔbɛkyerɛw apɔnkɔ nnawa so sɛ: KRONKRON MA AWURADE! Na AWURADE fi nkutu no bɛyɛ sɛ afɔremuka no anim nkora no; na Yerusalem ne Yuda nkutu nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔre nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE no fi bio ɛda no. Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni. Medɔ mo, Awurade na ose. Na moka se: Wode dɛn na adɔ yɛn? So Esau nyɛ Yakob ne nua? Awurade asɛm ni; nanso medɔɔ Yakob, na metan Esau, na mayɛ ne mmepɔw no afo, ne n’agyapade nso sare so sakraman ade. Sɛ Edom ka se: Wɔapɛtɛw yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akosisi agowagow no a, sɛ asafo Awurade se ni: Wɔn de, wobesisi, na me nso, medwiriw, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hye, ne: Ɔman a Awurade afa wɔn abufuw de akosi daa. Na mo aniwa behu, na mo de, mobɛka se: Awurade so tra Israel hye no so. Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa? Mode abodoo a ɛho akum brɛ me m’afɔremuka so. Na moka se: Dɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ moka sɛ: Awurade pon no yɛ ade a wotumi bu no animtiaa. Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose. Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose. Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ. Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose. Nanso muhura ho, sɛ moka se: Awurade pon no, wɔakum ho, na ɛso ade, n’aduan no nso, yɛ ade a wotumi bu no animtiaa. Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose. Na wɔadome nea osisi, nea ɔde onini a odi mu wɔ ne nguankuw mu hyɛ bɔ, na ɔde nea asɛe bɔ Awurade afɔre no; efisɛ ɔhenkɛse ne me, asafo Awurade na ose, na me din ho yɛ hu, amanaman mu. Na afei, nea wɔahyɛ yi, wɔde mo, asɔfo. Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo koma mu sɛ mode anuonyam bɛma me din a, asafo Awurade na ose, ɛnne mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; dedaw, efisɛ momfa m’asɛm nsie mo koma mu. Hwɛ, metwiw mo asefo anim, na mabɔ sɛbew mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbew no, na wɔasesaw mo aka ɛno ho akɔ; na mubehu sɛ me na mesoma ma wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo Awurade na ose. M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoe, na mede memaa no sɛ onsuro; na osuroo me, na me din nti ne ho popoe. Nokware mmara daa n’anom, na wɔanhu n’anom akɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoe ne trenee mu na ɔne me nantewee, na ɔdan nnipa pii fii amumɔyɛ ho. Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo. Nanso moafi ɔkwan no so aman, moama nnipa bebree ahintiw mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo Awurade na ose. Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛnea munni m’akwan so na mohwɛ nnipa anim, mmara mu no ara pɛ. So yɛn agya nyɛ baako? So ɛnyɛ Onyankopɔn koro na ɔbɔɔ yɛn? Efi dɛn so na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde behura yɛn agyanom apam ho? Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyide Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda ahura Awurade kronkronbea a ɔdɔ no ho, na wakɔware onyame nanani babea. Awurade betwa ɔbarima a ɔyɛ eyi no: Sɛ onim na ɔhyɛ da yɛ no afi Yakob ntamadan mu na wapo n’ayɛyɛde a ɔde brɛ Awurade no. Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio. Na moka se: Efi dɛn so? Efisɛ Awurade ayɛ wo ne wo mmerantebere mu yere ntam dansefo, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafo ne w’apam yere no. Adɛn, Onyankopɔn ammɔ mo biako a ne su wɔ mo mu, so, mobɛwo mma a wɔyɛ Nyamesurofo? Enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo. Na metan awaregu, Awurade, Israel Nyankopɔn na ose, ne nea ɔde mmusu kata n’atade so, asafo Awurade na ose; enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo. Mode mo nsɛm hyɛ Awurade brɛ. Na moka se: Dɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ moka se: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ye Awurade anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmu Nyankopɔn no wɔ he? Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose. Na hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina? Na ɔte sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo gyakisi; na ɔbɛtena ase anan dwetɛ ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔanya wɔn a wɔde ayɛyɛde a ɛho tew abrɛ Awurade. Ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛde bɛsɔ Awurade ani sɛ tete nna ne kan mfe no. Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose. Na me, Awurade, mensakra; enti mo, Yakob mma, morenwie sa. Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan? So onipa bɛfow Onyankopɔn sɛ morefow me yi? Na moka se: Dɛn mu na yɛfow wo? Ntotoso du du ne soma afɔrebɔde mu. Wɔde nnome adome mo, efisɛ me na morefow me, ɔman mu no nyinaa. Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa? Na mɛyaw odidifo no mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuw mu bobe aba ammɔ mo, asafo Awurade na ose. Na amanaman nyinaa bebu mo ahotɔfo, na mobɛyɛ anika asase, asafo Awurade na ose. Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo? Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim? Na afei yɛn de, yebu ahantanfo ahotɔfo; wɔn a wodi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wofi mu guan nso. Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no. Na wɔbɛyɛ me de, asafo AWURADE na ose, ɛda a mɛyɛ eyi no wɔbɛyɛ m’ankasa de, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so. Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam. Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa. Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ, na mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ eyi no so, asafo Awurade na ose. Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no. Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no. Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso. Abraham woo Isak, Isak woo Yakob, Yakob woo Yuda ne ne nuanom. Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, Peres woo Hesron, Hesron woo Ram, Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson woo Salmon, Salmon ne Rahab woo Boas, Boas ne Rut woo Obed, Obed woo Yisai, na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon, na Solomon woo Rehoboam, Rehoboam woo Abigya, Abigya woo Asa, Asa woo Yehosafat, Yehosafat woo Yoram, Yoram woo Usia, na Usia woo Yotam, Yotam woo Ahas, Ahas woo Hesekia, Hesekia woo Manase, Manase woo Amon, Amon woo Yosia, na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu. Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel, Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim woo Asor, na Asor woo Sadok, Sadok woo Akim, Akim woo Elihud, na Elihud woo Eleasar, Eleasar woo Matan, Matan woo Yakob, na Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu. Na awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na efi Dawid so de besi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awo ntoatoaso dunan, na efii sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no de besi Kristo so no nso yɛ awo ntoatoaso dunan. Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu. Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam. Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu. Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu. Na eyi nyinaa yɛɛ hɔ, na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ). Na Yosef fii nna mu nyanee no, ɔyɛe sɛnea Awurade bɔfo no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. Na Yosef ne no anhyia mu de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu. Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no. Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui; na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ: Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba. Ɛnna Herode frɛɛ anyansafo no kokoam, bisaa wɔn bere ko a nsoromma no fii no yiye; Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi. Na wotiee ɔhene asɛm no wiei no, wosiim kɔe; na hwɛ, nsoromma a wohuu no apuei no dii wɔn anim ara de kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra no wɔ no atifi. Na wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyei kɛse pa ara. Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow. Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom. Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no. Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na anadwo, na ofii hɔ kɔɔ Misraim, na ɔwɔ hɔ ara kosii sɛ Herode wui; na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afi Misraim. Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no. Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ: Wɔtee nne bi Rama, osu ne awerɛhow kɛse; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wonni hɔ. Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofra no akum no no awu. Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so. Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam. Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni. Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. Na oyi ne nea Odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade akwan! Momma n’atempɔn nteɛ! Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo. Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofo fi kɔɔ ne nkyɛn; na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu. Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho? Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra. Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham. Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu. Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu. Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew. Ɛnna Yesu fii Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno de, osiw no kwan sɛ: Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so. Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no. Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo. Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so. Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi, na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo. Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ! Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tententen bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo. Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no. Ɛnna ɔbonsam gyaw no hɔ, na hwɛ, abɔfo bae bɛsom no. Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, osiim kɔɔ Galilea. Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so, na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, ɔman a wɔte sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn. Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo. Na osee wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi. Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn. Na ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi. Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu. Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare. Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapoli no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi. Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ɔkɔɔ bepɔw no so; na ɔtenaa ase no, n’asuafo baa ne nkyɛn. Na obuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ. Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi. Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee. Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ. Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Nyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔboa ma asomdwoe ba, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma. Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no. Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛw yera a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu, na nnipa tiatia so. Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam. Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifo no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ no ma. Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu; na obiara a obedi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛse ɔsoro ahenni mu. Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn. Moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nni awu; na obiara a obedi awu no bedi atemmu mu fɔ. Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no. Wo ne wo nkurobɔfo wɔ kwan so no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔfo no anyi wo anhyɛ otemmufo nsa, na otemmufo no anyi wo anhyɛ ɔsomfo nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase. Nokware mise wo sɛ, woremfi hɔ, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyiri no ansa. Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw. Na sɛ w’aniwa nifa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Na sɛ wo nsa nifa to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene; na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Wɔkae nso sɛ: Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae nhoma. Na me de, mise mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbea no asɛe aware; na obiara a ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware. Bio moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankade ma Awurade. Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. Monnka asase, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso. Monnka Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kurow. Nanso nka wo ti ntam, efisɛ worentumi nyɛ nwi biako fufu anaa tuntum. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo dabi nyɛ dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu. Moate sɛ wɔkae sɛ: Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. Na me de, mise mo sɛ, mo ne ɔbɔnefo no nnni asi, na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ogye w’atade nhyɛase no, ma ɔmfa w’atade nkataso no nso. Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien. Nea ɔsrɛ wo no, ma no; na nea ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ ade no, nnan wo ho mfi ne ho. Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo no; na monyɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so. Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na munya? Towgyefo nso nyɛ saa anaa? Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na moayɛ aboro so? Towgyefo nso nyɛ saa anaa? Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no. Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ no; na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka. Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka. Na sɛ morebɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn! Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo ansa na moabisa no. Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ, na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.] Na sɛ mode nnipa mfomso kyɛ wɔn a, mo soro agya de mo de bɛkyɛ mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomso ankyɛ wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo. Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. Na wo de, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka. Monnhyehyɛ agyapade asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na mmom monhyehyɛ agyapade ɔsoro, faako a nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; na nea w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ. Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye. Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon. Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa? Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? Mo mu hena na ɔdwennwen a, obetumi de dakoro ato ne nkwa nna so? Na adɛn na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako. Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya no nim sɛ eyinom nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no. Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi dua no mfi w’ani so, na hwɛ, mpuran wɔ w’ani so? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so. Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo. Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no. Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no? Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no. Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua. Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe wɔ nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma wɔ hwerɛmo so? Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba, na mode behu wɔn. Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ! Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so. Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ebui, na ebubui pasapasa. Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Akyerɛwfo no. Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi. Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no gyaee. Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse. Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo. Na Yesu see no sɛ: Mɛba mabɛsa no yare. Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ. Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn. Na mise mo sɛ, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii ɔsoro ahenni mu; na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no. Na Yesu baa Petro fi no, obehuu n’asebea sɛ ɔda hɔ yare atiridii. Na osoo ne nsa, na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre som no. Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare. Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa. Na Yesu huu nkurɔfo akuwakuw pii wɔ ne ho no, ɔhyɛe sɛ wɔbɛkɔ asuogya noho. Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi. Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to. Na asuafo no mu ɔfoforo bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo! Na ɔtenaa ɔkorow no mu no, n’asuafo no dii n’akyi. Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada. Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera! Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn. Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi? Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so. Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa? Nanso na mprakokuw bi redidi akyirikyiri. Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wutu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuw yi mu. Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu. Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe. Na hwɛ, kurom hɔfo no nyinaa fii adi sɛ wɔrebehyia Yesu; na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn hye so hɔ nkɔ. Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom. Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na hwɛ, kyerɛwfo no mu binom kae wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu? Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew? Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi! Na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi. Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam. Na Yesu fi hɔ retwam no, ohuu onipa bi a ɔte atowgyei a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. Na ɛbae sɛ ɔte adidii wɔ fie no, hwɛ, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii bae ne Yesu ne n’asuafo no bɛtenaa adidii. Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi? Na ɔtee no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no. Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo. Ɛnna Yohane asuafo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada? Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada. Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse. Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye. Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa. Na Yesu sɔre ne n’asuafo no dii n’akyi. Na hwɛ, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atade ano nnwow. Na ɔbea no kae ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den. Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den. Na Yesu duu ɔpanyin no fi na ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔkae sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔserew no. Na ɔpam nkurɔfokuw no fii adi no, ɔkɔɔ mu kosoo ne nsa, na ababaa no nyanee. Na eyi ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so. Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ! Na oduu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn; na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mugye di sɛ metumi mayɛ eyi? Wɔbuaa no sɛ: Yiw, owura. Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn aniwa kae sɛ: Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa mma mo! Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante! Na wɔn de, wofii hɔ no, wɔde ne ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so. Na wɔrefi adi no, hwɛ, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ no so brɛɛ no. Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel. Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne. Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu! Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyeni Mateo, Alfeo ba Yakob ne Tadeo, Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso. Dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu, na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn. Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa! Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfo sɛ odidi. Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ. Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛfata ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn. Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw. Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no. Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma. Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman. Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu. Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn. Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa. Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba. Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura. Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo? Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu. Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi. Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom. So wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen mpatuprɛ bebree. Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim. Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante. Na meba bɛpaapae mu na ɔbarima asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’asebea; na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo. Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me, na nea ɔmfa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ɔmfata me. Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka. Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no. Nea ogye odiyifo wɔ odiyifo din mu no, ne nsa bɛka odiyifo akatua; na nea ogye onipa trenee wɔ onipa trenee din mu no, ne nsa bɛka onipa trenee akatua. Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no. Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu. Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafo kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane: Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo. Na nhyira ne nea merento no hintidua. Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa? Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu. Anaasɛ adɛn nti na mufii adi? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, ɔsen odiyifo mpo. Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan. Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no. Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so. Na adiyifo no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm besii Yohane so. Na sɛ mopɛ sɛ mugye a, oyi ne Elia a ɔreba no. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie! Na hena ho na mede nnɛ mma yi bɛtoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anhow. Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem. Ɛnna ofii ase kaa nkurow a wayɛ ne tumidi pii wom no anim sɛ wɔnnsakraa wɔn adwene, ɔkae sɛ: Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw. Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo. Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no. Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔnnua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare. Ɛbere no mu no, Yesu kɔfaa aburofuw bi mu homeda bi; na ɔkɔm dee n’asuafo no, wofii ase pempan mmɛtem no bi wee. Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda. Na osee wɔn sɛ: Monkenkanee nea Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no? Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii Kyerɛ abodoo a ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wodi gye asɔfo nko ara no? Anaasɛ monkan mmara no mu sɛnea homeda, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi no sɛe homeda nanso woanni ho fɔ no? Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha. Na sɛ anka mote eyi ase sɛ: Mmɔborohunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wonni fɔ no fɔ; na onipa ba no yɛ homeda wura. Na ofii hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu. Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano. Na osee wɔn sɛ: Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔtɔ amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so? Onipa nsom bo nsen oguan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no. Na Farisifo no fii adi kotuu ne ho agyina sɛnea wobekum no. Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Na ɔbraa wɔn sɛ wonnyi no adi, na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo. Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so; na abaa a abukaw no, ɔremmu mu, na ntamaban a efi wusiw nso, ɔrennum de akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛkɔ nkonimdi mu. Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛto. Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa mum no kasae, na ohuu ade. Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni? Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne. Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina. Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Na sɛ me, mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma de hena na etu wɔn? Eyi nti wɔbɛyɛ mo atemmufo. Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni anya aba mo so. Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi. Nea ɔnka me ho no, na otia me; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu. Eyi nti mise mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm de, wɔremfa nkyɛ nnipa. Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu. Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko. Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka. Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnepa adi; na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnebɔne adi. Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda. Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ. Ɛnna kyerɛwfo ne Farisifo no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi fi wo hɔ. Na obua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no. Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo. Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha. Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha. Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi. Na ose: Mɛsan makɔ me dan a mifii mu mebae no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wɔasiesie mu. Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi. Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa. Na obua see nea osee no saa no sɛ: Hena ne me na, na hena ne me nuanom? Na ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuammarima ne onuabea ne ɛna. Ɛda no ara Yesu fii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfo akuwakuw pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuw no nyinaa gyinagyina mpoano. Na ɔkasae pii mmebu mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufo fii adi koguu aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bae bɛsosɔwee. Ebi nso koguu abo so, nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ, na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee. Ebi nso koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no. Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie! Na asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu? Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a onni no, nea ɔwɔ mpo wobegye ne nsam. Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase. Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu. Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare. Na mo de, nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte. Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, na wɔante nso. Afei muntie ogufo ho bɛ no: Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no. Na nea woguu no abo so no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye no ntɛmntɛm; nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua. Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba. Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa. Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu. Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe. Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi. Na afuwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfo bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnne wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa? Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu. Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so! Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ sinapi fua a onipa fa koduae n’afuw mu. Ɛno na ɛyɛ aba horow nyinaa mu ketewa de, nanso enyin a, ɛne afifide nyinaa mu kɛse, na ɛyɛ dua ma wim nnomaa ba bɛyɛ berebuw wɔ ne mman so. Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fa kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mama de kosii sɛ ne nyinaa kawee. Eyinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no mmebu mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn. Eyi ma nea odiyifo no kae no ba mu sɛ: Mebue m’ano mmebu mu; na mɛpae nsɛm a ahintaw fi wiase asefi no mu maka. Afei ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔbaa ofie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase. Na obua see wɔn sɛ: Nea ogu aba pa no ne onipa ba no; afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma; ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo. Enti sɛnea wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei. Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu, na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se. Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie! Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no. Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe. Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi; na ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa nea eye no ano guu akorow mu, na nea enye no de, wɔtow gui. Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu, na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwɛre wɔn se. Moate eyinom nyinaa ase anaa? Wobuaa no sɛ: Yiw. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi. Na ɛbae sɛ Yesu wiee mmɛ yi bu no, ofii hɔ kɔe. Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi? Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakob ne Yosef ne Simon ne Yuda? Na ɛnyɛ ne nuammeanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi konyaa eyinom nyinaa? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne ne fi. Na wɔn gye a wonnye nni nti wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ. Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka, na osee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyan afi awufo mu, na ɛno nti na tumide yi yɛ ne mu adwuma yi. Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti. Efisɛ Yohane aka akyerɛ no sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware no. Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo. Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ. Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa. Na ne na tuu no fo bɔne ma ɔbɛkae sɛ: Fa osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me ha yi ara! Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no. Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase. Na wɔde ne ti no too prɛte mu bae, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na. Na n’asuafo bae bɛfaa amu no kosiei, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu. Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no. Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare. Na onwini dwoe no, n’asuafo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Ɛha yi yɛ sare so na onwini nso adwo, gya nkurɔfo akuwakuw no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduan nni. Na Yesu see wɔn sɛ: Enhia sɛ wɔkɔ, mo ara momma wɔn biribi nni! Na wosee no sɛ: Yenni biribi ha yi sɛ abodoo anum ne mpataa abien. Ɛnna ose: Momfa mmrɛ me ha! Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no. Na wɔn nyinaa didi mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien mama. Na wɔn a wodii no bɛyɛ mmarima mpemnum; wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu nni kan ntwa nkɔ asuogya noho, na onnya nkurɔfo akuwakuw no kwan ansa. Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ. Na ɔkorow no adu ɛpo no mfinimfini, na asorɔkye rehaw no, efisɛ na mframa no rehyia wɔn. Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn. Na asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teɛteɛɛm. Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro! Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka ma memmra wo nkyɛn nsu no ani! Na ose: Bra! Na Petro fii ɔkorow no mu si faa nsu no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Na ohuu mframa no, osuroe; na ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: Awurade, gye me! Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye? Na woduu ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa. Na wotwae no, woduu Genesaret asase so. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu no no, wɔsoma kɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyare nyinaa brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano nnwow nko ara. Na dodow a wɔde wɔn nsa kaa n'atade ano no ho yɛɛ wɔn den. Ɛnna Kyerɛwfo ne Farisifo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so? Na Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu. Na mo de, muse: Obi a obese n’agya anaa ne na sɛ: Nea anka wubenya me ho no yɛ ayɛyɛde no, na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm. Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase. Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi. Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua? Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu. Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase! Na ose: Mo nso moda so nte ase ara? Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi fi gu yaane mu anaa? Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi. Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi. Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi. Na Yesu fi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo! Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi. Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me. Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me! Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma. Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi. Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den. Na Yesu fi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔw so kɔtenaa ase wɔ hɔ. Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam. Na Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtoto baha wɔ ɔkwan mu. Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha? Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wose: Ason ne mpataa nketewaa bi. Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no. Na wɔn nyinaa di mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama. Na wɔn a wodii no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Na ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔtenaa ɔkorow mu na ɔbaa Magadan ahye so. Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi. Na obua see wɔn sɛ: Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere. Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu? Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe. Na asuafo no duu asuogya noho no, na wɔn werɛ afi sɛ wɔfa abodoo. Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa? Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia? Munnya nhui ɛ, na monkae nnipa mpemnum abodoo anum ne nkɛntɛn dodow a munyae no? Anaasɛ nnipa mpemnan abodoo ason ne nkɛntɛn dodow a munyae no? Ɛdɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ abodoo ho asɛm na meka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! Ɛnna wohui sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye abodoo mmɔkaw ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo no nkyerɛkyerɛ ho. Na Yesu duu Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hena? Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako. Obisaa wɔn sɛ: Na mo nso, muse mene hena? Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba! Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no. Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so. Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro. Ɛnna ɔhyɛɛ asuafo no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no. Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan. Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da. Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen. Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra bɛyera no de, ne nsa bɛka. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te. Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu. Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi. Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako. Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no! Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye. Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro! Na wɔmomaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara gye Yesu nko ara. Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu. Na asuafo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nneɛma nyinaa de, nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam. Ɛnna asuafo no tee ase sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn. Na woduu nkurɔfokuw no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotow no kae se: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na otwa, na ɔrehu amane pii; ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu. Na mede no mebrɛɛ w’asuafo no, nanso wɔantumi ansa no yare. Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha! Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee. Ɛnna asuafo no baa Yesu nkyɛn ɔfa baabi, na wɔkae sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no? Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ. ( Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so. ) Na wɔrekyinkyin Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebeyi Onipa Ba no akɔhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na ne nnansa so no, obenyan. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛhow pii. Na woduu Kapernaum no, wɔn a wogyigye dwetɛbona fa tow no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfo no ntua tow no anaa? Ose: Otua. Na ɔbaa ofie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wudwen ho dɛn? Ɛhefo hɔ na asase so ahemfo gyigye aguade anaa ɔtow? Wɔn mma hɔ anaa ananafo hɔ? Na obuae sɛ: ananafo hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne na mma no de wɔn ho. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo. Ɛdɔn no ara mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa sɛ: Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu? Na Yesu frɛɛ abofra bi de no begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu. Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bun mu. Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue! Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode nansin anaa basin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien anaa nan abien, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu. Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ aniwa abien, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kurom. Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa. (Na onipa ba no bae sɛ obegye nea ayera.) Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa? Na sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye ne ho sen aduakron akron a wɔamfom kwan no. Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera. Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn, wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so. Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni. Nokware mise mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere ɔsoro; na biribiara a mobɛsan asase so no, na wɔasan ɔsoro. Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo. Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini. Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Enkosi mpɛn ason anaa? Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Minse wo sɛ enkosi mpɛn asɔn, na mmom mpɛn aduɔsɔn ahorow asɔn! Eyi nti ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa. Na ofii ase bui no, wɔde obiako a ɔde no talente pedu brɛɛ no. Na sɛ onni nea ɔde betua nti, ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa, na wɔmfa mmetua ka no. Ɛnna akoa no gyaa ne ho too fam srɛɛ no sɛ: Owura, tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa. Na akoa no wura no huu no mmɔbɔ, gyaa no, na ɔde ka no kyɛɛ no. Na akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no denare ɔha; na osoo no mu tim no amenewa kae sɛ: Tua me ka! Na n’awurakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: Tɔ wo bo ase ma me, na metua. Na ɔno de, wampene, na ɔkɔe de no kɔtoo afiase sɛ enkosi sɛ obetua ka no. Na nwurakwaa no huu nea aba no, ɛyɛɛ wɔn yaw sɛ, na wɔba bɛkaa nea aba no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura. Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo; ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa? Na ne wura no bo fuwii, na ɔde no maa ahohiahiafo sɛ enkosi sɛ obetua no nea ɔde no nyinaa. Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso ankyɛ no a, me soro agya nso bɛyɛ no nen. Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ofii Galilea, na ɔbaa Yudea ahye so Yordan agya. Na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi; na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ. Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa? Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu! Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no? Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa. Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.) Asuafo no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa de a, na enye sɛ wɔware. Na osee wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn sɛ asigyafo fi wɔn na yam, na asigyafo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na asigyafo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye asɛm a maka no, ma onnye. Ɛno na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; na asuafo no kaa nnipa a wɔde wɔn bae no anim. Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ofii hɔ kɔe. Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so! Obisaa Yesu se: Nea ɛwɔ he? Na Yesu se: Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na aka me bio? Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi! Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu. Na bio mise mo sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane tokuru mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. Na n’asuafo no tee no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw pii na wɔkae sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa? Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ. Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya? Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa. Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan. Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom. Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ. Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa. Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo. Na wɔkɔe. Bio ɛbɛyɛ awia dumien ne nnɔnabiɛsa mu no ofii adi kɔyɛɛ saa ara. Na ɛbɛyɛ anwummere nnɔnnum mu no ofii adi kohuu afoforo sɛ wogyinagyina hɔ kwa, na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mugyinagyina ha kwa adekyee nyinaa yi? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ! Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so. Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummere nnɔnnum bae no, wɔn nyinaa nyaa denare denare. Na adikanfo no bae no, wosusuwii sɛ wobenya nea ɛsen saa; na wɔn nso nyaa denare denare. Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii hyɛɛ ofiwura no sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ? Na obua see wɔn mu biako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ; me ne wo anni ano denare anaa? Fa wo de na kɔ! Minni ho kwan sɛ mema nea ɔbaa akyiri yi sɛ wo, anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi? Saa na akyikafo bedi kan, na adikanfo adi akyiri; (na wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔapaw wɔn). Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dumien no nko kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa na wɔabu no kumfɔ, na wɔde no ahyɛ amanaman mufo nsa sɛ wongoru ne ho, na wɔnka no mpire, na wɔmmɔ no asɛnnua mu, ne nnansa so no, obenyan bio. Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi. Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu. Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi. Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn. Na edu no tee no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwo. Na Yesu frɛɛ wɔn bae, kae sɛ: Munim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa; sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no. Na wofi Yeriko rekɔ no, nkurɔfokuw pii dii n’akyi. Na hwɛ, anifuraefo baanu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! Na nkurɔfokuw no kaa wɔn anim sɛ wommua wɔn ano. Ɛno mmom na wɔteɛteɛɛm dennen sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo? Wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn aniwa mmue! Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi. Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu, see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba. Na eyi nyinaa sii, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so. Na asuafo no kɔe kɔyɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, de afurum no ne ne ba no bae, na wɔde ntama guguu wɔn so, na ɔtenaa so. Na nkurɔfokuw no mu pii de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnubaa, na wɔde sesɛw ɔkwan no mu. Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho! Na oduu Yerusalem no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi bisae sɛ: Ɛhena ni? Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no. Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii. Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon. Na anifuraefo ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefi hɔ, na ɔsaa wɔn yare. Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo, na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa? Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ. Na anɔpa a ɔresan aba kurow no mu no, ɔkɔm dee no. Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe. Na asuafo no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma nhaban yi apo yi? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ. Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya. Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede meyɛ nneɛma yi makyerɛ mo: Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wosusuwii wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni? Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo. Na wobuaa Yesu sɛ: Yennim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo. Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma! Na ɔba no buae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri yi, ɔsesaa n'adwene na ɔkɔe. Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Owura mɛkɔ, nanso wankɔ. Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu. Na Yohane nam trenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na towgyefo ne nguamanfo na egyee no dii, na mo nso muhui no, moannu mo ho akyiri yi annye no anni. Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi. Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra. Na ahwɛsofo no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wokum bi, na wosiw bi abo. Bio ɔsomaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara. Na akyiri no, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn se: Wɔbɛfɛre me ba. Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de! Na wɔfaa no twee no fii bobe turom hɔ kokum no. Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofo no? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu. Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so? Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba. Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no. Na asɔfo mpanyimfo ne Farisifo tee ne mmɛbu no, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka. Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no nanso, wosuroo nkurɔfo akuwakuw no, efisɛ wobuu no sɛ odiyifo. Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu bio sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforo pon maa ne ba. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba. Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase! Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua. Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn. Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow. Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn. Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase. Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma. Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. Na obisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha dɛn ni na wonhyɛ ayeforohyia atade yi? Na ɔtɔɔ mum. Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi. Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu. Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim. Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ? Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no. Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn! Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa; na wogyaw no hɔ kɔe. Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no. Na anuanom baason tenaa yɛn nkyɛn ha. Nea odi kan no waree, na owui; wannya mma, na ogyaw ne yere no maa ne nua. Saa ara nso na nea ɔto so abien ne abiɛsa no yɛe de beduu ason no so. Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui. Enti owusɔre mu no, baason yi mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa aware no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi. Na owusɔre mu no, wɔnnware na wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro. Na ɛfa awufo sɔre ho de, monnkenkan nea Onyankopɔn kaa no pɛn sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw. Na Farisifo no tee sɛ wamua Sadukifo no ano no, wokohyiaa faako. Na wɔn mu biako a ɔyɛ mmarakyerɛfo bisaa no de sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mmara no mu kɛse ne nea ɛwɔ he? Na osee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa gyina. Na Farisifo no hyiae no, Yesu bisaa wɔn sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid. Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase? Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? Na obiara antumi ammua no asɛm bi, nanso efi da no, obiara antumi ammisa no asɛm bi bio. Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw ne n’asuafo no sɛ: Mose akongua so na Kyerɛwfo ne Farisifo atena. Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. Na wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsatea mpo ka. Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse. Na wɔpɛ mpanyimfo tenabea adidi ase, ne mpanyimfo nkongua hyiadan mu, ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na obiako ne mo wura, ɔne Kristo no. Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo. Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu. ( Munnue! Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mobɔ akunafo apoo, nanso moboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyi nti mubenya afobu a ɛso. ) Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara. Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika de a, ɛkyekyere no. Mo anifuraefo ne nkwaseafo! Nea ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho tew no? Na obi ka afɔremuka ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛde a egu so no de a, ɛkyekyere no. Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛde no anaa afɔremuka a ɛma ayɛyɛde no ho tew no? Enti nea ɔde afɔremuka bɛka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɛwɔ so nyinaa na ɛka. Na nea ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɔte mu no na ɛka. Na nea ɔde ɔsoro ka ntam no, ɔde Onyankopɔn ahengua ne nea ɔte so no na ɛka. Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso. Akwankyerɛfo anifuraefo a mosɔn yi nwansena, na momene yoma. Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwiw kuruwa ne ayowa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifudepɛ ahyɛ no ma. Farisini nifuraefo, hohoro kuruwa ne ayowa no mu kan, na akyiri nso afi. Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔaka ho, a ɛho a wohu no yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa trenee wɔ nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ ma. Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mototo adiyifo nna so na mosiesie nnipa treneefo aboda mu, na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom bere so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifo no mogya ngu. Eyi na mode di mo ho adanse sɛ wɔn a wokum adiyifo no mma ne mo. Mo nso, monhyɛ mo agyanom susukora no ma! Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu? Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu; na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so. Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so. Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. Na mise mo sɛ efi sesɛɛ morenhu me de bɛkɔ akosi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no. Na Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn sɛ wɔbɛkyerɛ no asɔrefi aban no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhu eyinom? Nokware mise mo sɛ: Wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo bo antu, efisɛ etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui ɛ. Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase. Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo. Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree hintidua; na wobeyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree. Na ɛnam sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo. Na nea obegyina mu akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa. Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba. Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so. Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmmɛfa biribi mmfi ne dan mu; na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na mommɔ mpae na mo guan no amma awɔw bere anaa homeda. Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so. Ɛno na sɛ obi ka sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, munnnye nnni! Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. Hwɛ, maka makyerɛ mo dedaw. Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ sare so a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu a, munnnye nnni! Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen. Na faako a afunu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano. Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma betutu afi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awosow. Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu. Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano. Munsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da. Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara. Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ. Ɛnna nnipa baanu a ɛwɔ afum, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛyam owiyammo so, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako no. Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba. Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu. Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba. Na hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so. Na sɛ akoa bɔne no ka ne komam sɛ: Me wura rekyɛ ba, na ofi ase boro ne nwurakwaa, na ɔne asabofo didi, nom a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwitwa ne mu asinasin, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no ho. Na wɔn mu baanum yɛ mmadwemma, na baanum nso nyɛ mmadwemma. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho. Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae. Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no! Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum. Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de! Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, bue yɛn! Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo. Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.) Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan. Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum. Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho. Na nea onyaa biako no de, ɔkɔe kotutuu fam, na ɔde ne wura sika no siei. Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa. Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu! Na nea onyaa talente abien no nso bae sɛ: Owura, talente abien na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo abien maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so; kɔ wo wura anigye mu! Na nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa faako a wunnuae ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ; enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni! Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihawfo, wunim sɛ mitwa faako a minnuae ɛ, na meboaboa ano nea memfa mempetee? Ɛnne anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom. Enti munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ talente du no! Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mmirekyi mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mmirekyi no agyina benkum. Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni! Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me. Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me nsu annom; meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me. Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo? Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me. Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu. Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, osee n’asuafo no sɛ: Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu. Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani fi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam a ne bo yɛ den, sradehuam toa ma baa ne nkyɛn. Na ɔte adidii no, obehwiee ngo no guu n’atifi. Na asuafo no hui no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkae sɛ: Adesɛe yi ase ne dɛn? Anka wobetumi atɔn eyi agye sika pii, na wɔde ama ahiafo. Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa. Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa. Na sɛ wahwie ngo huamhuam yi agu me nipadua so yi, wayɛ ama me sie. Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae. Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no. Na efi ɛno so no, ɔhwehwɛe sɛnea obenya ɔkwan ayi no ama. Na Apiti da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi Twam (afahyɛ) no? Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no. Na asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam (afahyɛ) no. Na eduu anwummere no, ɔne asuafo dumien no bɛtenaa ase. Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama. Na wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase sisee no mmiako mmiako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa? Na obuae sɛ: Nea ɔne me to nsa asanka mu no, ɔno ara na obeyi me ama. Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no. Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka. Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu. Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete. Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea. Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da. Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ etwa sɛ me ne wo bewu po a, merempa wo. Saa ara na asuafo no nyinaa nso kae. Ɛnna Yesu ne wɔn duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ noho nkɔbɔ mpae ansa. Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn. Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ. Na ɔbaa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ wɔada. Na osee Petro sɛ: So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako? Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw. Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ eyi rentwa me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ. Na ɔbae no, obehuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. Na ogyaw wɔn kɔe bio kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so kaa asɛnkoro no ara. Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn. Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho. Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no! Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano. Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no. Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu biako teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu. Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho? Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa? Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me. Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee. Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no. Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfo no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awiei. Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no, nanso wɔannya bi. Adansekurumfo bebree bae de, nanso wɔannya bi. Na akyiri yi no, baanu bae sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa. Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi? Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn. Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so. Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no. Mudwen ho dɛn? Na wobuae sɛ: Ɔsɛ owu. Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo? Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no. Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi! Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw. Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no. Na wɔkyeree no de no kɔe, kɔhyɛɛ amrado Pilato nsa. Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a! Na ɔtow nnwetɛbona no guu asɔredan mu fii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛn ne mene. Na asɔfo mpanyimfo no faa nnwetɛbona no kae sɛ: Enni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛde adaka mu, ɛnam sɛ, ɛyɛ mogya ano bo. Na wotuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛ wɔnsie ahɔho wɔ mu. Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de besi nnɛ. Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ: Na migyee nnwetɛbona aduasa a ɛyɛ nea wɔbɔɔ ne bo tɔɔ no fii Israel mma nsam no ti ade no de kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛnea Awurade hyɛɛ me no. Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka. Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no retoto n’ano no, wammua bi. Ɛnna Pilato see no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo so yi? Na wammua no asɛm biako po ho, maa no yɛɛ amrado no nwonwa sɛ. Na daa, afahyɛ no mu no, amrado gyaa ɔdeduani biako a nkurɔfokuw no pɛ no ma wɔn. Nso bere no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba. Enti wohyiae no, Pilato see wɔn sɛ: Hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Na onim sɛ nitan nti na woyii no mae. Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ. Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no tuu nkurɔfo akuwakuw no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wonkum Yesu. Na amrado no bua see wɔn sɛ: Wɔn baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Na wɔkae sɛ: Baraba. Pilato see wɔn sɛ: Ɛnne dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kae sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Ɛnna ose: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛteɛɛm dennennen sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ! Na ɔman mu no nyinaa buae sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so. Ɛnna ogyaa Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim. Na woyii n’atade, na wɔde nkatakonmu kɔkɔɔ bi guu no so, na wɔde nsɔe nwenee abotiri hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wobuu nkotodwe n’anim goruu ne ho sɛ: Yudafo hene, mo oo! Na wɔtoo ntasu guu no so, gyee demmire no, na wɔde paa n’apampam. Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii nkatakonmu no fii ne ho, na wɔde ɔno ara atade hyɛɛ no, na wɔde no kɔe sɛ wɔkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no. Na wokoduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a ase ne tikwankorabea), wɔmaa no nsa akekakeka a wɔde bɔnwoma afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom. Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu wiei no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntade (na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ, wokyɛɛ me ntade mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntade so). Na wɔtenatenaa ase wɛn no. Na wɔde n’afɔdisɛm a wɔakyerɛw no fam n’atifi sɛ: Yesu, Yudafo hene no ni! Ɛnna wɔbɔɔ adwowtwafo baanu asɛnnua mu kaa ne ho, obiako wɔ nifa, na obiako wɔ benkum. Na wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kaa abususɛm tiaa no sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam! Saa ara nso na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo ne mpanyimfo no goruu ne ho sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi. Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me! Saa ara na adwowtwafo a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no. Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa. Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi tee no, wɔkae sɛ: Oyi refrɛ Elia. Na ntɛm ara wɔn mu biako tuu mmirika kɔfaa sapɔw de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de ma ɔnomee. Na wɔn a aka no kae sɛ: Gyae na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa? Na Yesu de nne kɛse teɛɛm bio no, ogyaa ne honhom mu. Na hwɛ, ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee abien fi soro de besii fam, na asase wosowee, na abotan paapaee, na aboda buebuei, na nnipa kronkron a wɔawuwu no amu bebree nyannyanee, na ne nyan akyi no wofii adi fii wɔn aboda mu kɔɔ kurow kronkron no mu koyiyii wɔn ho kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni! Na mmea bebree wɔ hɔ a wogyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wodii Yesu akyi fi Galilea som no; na Maria Magdalene ne Maria, Yakob ne Yosef ne na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho. Na eduu anwummere no, ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso adan Yesu suani bae; ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛe sɛ wɔmfa amu no mma no. Na Yosef faa amu no de nwera a ani tew kyekyeree ho. Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforo a watwa ɔbotan mu mu, na opirew ɔbo kakraka bi hinii ɔda no ano, na ofii hɔ kɔe. Na Maria Magdalene ne Maria biako no wɔ hɔ tete ɔda no ntentenso. Na ade kyee a ɛyɛ da a edi ahosiesie da no akyi no, asɔfo mpanyimfo ne Farisifo no behyiaa Pilato nkyɛn sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan. Enti ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no, na asuafo no ammewia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no. Pilato see wɔn sɛ: Munnye awɛmfo nkɔ nkɔwɛn sɛnea mubetumi. Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no. Na homeda no twaam no, da a edi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria biako no bae sɛ wɔrebɛhwɛ ɔda no. Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea. Na ne ho hu nti awɛmfo no ho popoe, na wɔyɛe sɛ awufo. Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda! Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo. Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no. Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me. Na wɔrekɔ no, hwɛ, awɛmfo no mu binom baa kurow no mu bɛkaa nea esii nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfo no. Na wɔne mpanyimfo no hyiae na wotuu agyina no, wɔmaa asraafo no sika bebree kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no. Na sɛ eyi du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu. Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ. Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so. Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye. Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei. Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba] asɛmpa no mfiase. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan. Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ! Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu. Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu. Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo. Na ɔpaem kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama. Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu. Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu. Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so. Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani! Na amonom hɔ ara Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ sare so. Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no. Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe. Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni! Na ɔnenam Galilea po ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asawu ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofo. Na Yesu see wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no hɔ bedii n’akyi. Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakob ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu. Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi. Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no. Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no. Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ! Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no. Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so. Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. Na Simon n’asebea da hɔ yare atiridii, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no. Na Yesu ba besoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaa no, na ofii ase som wɔn. Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no. Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano. Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahorow pii yare, na otuu ahonhommɔne bebree, na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, efisɛ wonim no. Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tiw no; na wohuu no no, wosee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo. Na osee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkurow a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na eyi nti na mebae. Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne. Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi. Na ntɛm ara kwata no fii ne ho, na ne ho fii. Na Yesu braa no dennennen sɛ ɔnka, na, ɔma ofii adi ntɛm ara. Na osee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn. Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn. Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie. Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no. Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu. Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ: Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara? Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu? Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew. Na sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi! Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da! Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Na ɔsɔre dii n’akyi. Na ɛbae sɛ ɔte adidii ne fi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree ne Yesu ne n’asuafo bɛtenaa adidii; na wɔn a wodi n'akyi no dɔɔso. Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi? Na Yesu tee no, osee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ treneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo. Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada? Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforohyia ahɔho no betumi adi mmuada anaa? Mmere dodow a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nni mmuada. Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno mu na wobedi mmuada. Obi mfa ntama foforo sin ntaa atade dedaw mu; anyɛ saa a, ntaamu no tew fi mu, foforo no befi dedaw no mu, na ntetewee no ayɛ kɛse. Na obi mfa bobesa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpaepae nkotoku no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforo gu nkotoku foforo mu. Na ɛbae sɛ ɔkɔfaa aburofuw bi mu homeda bi, na n’asuafo no rekɔ no, wofii ase pempan aburow mmɛtem no bi. Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi? Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn? Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiatar bere so, na okodii kyerɛ abodoo a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no? Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa. Na enti onipa ba no yɛ homeda nso wura. Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm. Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye. Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no. Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea, Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn. Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so. Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu. Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ. Na ɔkɔɔ bepɔw so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. Na oyii wɔn mu dumien sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka, na wɔanya ahonhommɔnetu so tumi. Na oyii dumien no, na ɔtoo Simon din Petro; Sebedeo ba Yakobo, ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma; ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo ne Kanani Simon, ne Yuda Iskariot a oyii no mae no. Na ɔbaa fie. Na nkurɔfokuw behyiae bio a enti wɔantumi annidi po. Na n'abusuafo tee no, wofi bae sɛ wɔrebɛtwe no akɔ; efisɛ wɔkae sɛ: Ne tirim ka no. Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne. Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina. Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina. Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, ɛnne na n’awiei ara nen. Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma. Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn; na mmom nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no de, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobu da no so. Efisɛ wɔkae sɛ: Ɔwɔ honhom fi. Ɛnna ne na ne ne nuanom ba begyinaa mfikyiri soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. Na nkurɔfokuw tete ne ho. Na wosee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. Na obuaa wɔn sɛ: Hena ne me na ne me nuanom? Na otwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho no hyiae no, ɔkae sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! Na obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuammarima, ne me nuabea, ne me na. Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ: Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba. Na ɛbae sɛ ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wim nnomaa bae bɛsosɔwee. Na ebi koguu abo so nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ ntia, na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui. Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba. Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha. Na ɔkae sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ma no ntie! Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dumien no bisaa no ɛbɛ no ase. Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu; na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn. Na osee wɔn sɛ: Munnim abɛbu yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mubehu mmɛbu no nyinaa? Ogufo no gu asɛm no. Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no. Na eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn wɔ abo so no: Wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye, na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua. Na eyinom ne wɔn a wogu wɔn wɔ nsɔe mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no, na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba. Na eyinom ne wɔn a woguu wɔn wɔ asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wogye, na wɔsow aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha. Na osee wɔn sɛ: So wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ kora anaa mpa ase? Ɛnyɛ sɛ wɔde besi kaneadua so? Na biribiara nni kokoam a wɔrenyi no adi, anaasɛ wɔde ahintaw a ɛrenna adi. Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie! Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho. Na nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Na ɔkae sɛ: Sɛnea Onyankopɔn ahenni te ni: Ɛte sɛ onipa bi gu aba wɔ fam, na ɔda na onyan anadwo ne awia, na aba no fifi, na enyin, na onnim sɛnea ɛyɛe. Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu. Na sɛ aba no nyin a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrakyi kɔ, efisɛ twa bere no adu. Na ɔkae sɛ: Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho? Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa; na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase. Na mmɛbu a ɛtete sɛɛ pii so na ɔnam de kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. Na wankwati abebu ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko a, ɔkyerɛ n’asuafo no ne nyinaa ase. Na da no ara, eduu anwummere no, osee wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ asuogya noho! Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho. Na ahum kɛse tui; na asorɔkye bu beguu ɔkorow no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma. Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa? Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn. Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufo sɛɛ? Adɛn na munni gyidi? Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi? Na woduu ɛpo no agya, Gerasafo asase so. Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no; ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenabea. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn po nkyekyere no, na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no; na obiara ntumi nnwudwo no. Na daa, anadwo ne awia, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔw so teɛteɛm, na ɔde abo atwitwa ne ho. Na ohuu Yesu wɔ akyirikyiri no, otutuu mmirika bɛkotow no, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nhaw me? Efisɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, fi onipa no mu! Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na obuae sɛ: Me din de Ɛdɔm, efisɛ yɛyɛ bebree. Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam no mmfi asase no so. Nso na mprakokuw pii wɔ bepɔw no ho hɔ redidi. Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛn wɔn mu! Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu. Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no. Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe. Na wɔn a wohui no kaa nea ɛyɛɛ nea honhommɔne wɔ no so no ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn. Na wofii ase srɛɛ no sɛ omfi wɔn asase so nkɔ. Na osii ɔkorow no mu no, nea anka honhommɔne wɔ no so no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn! Na osiim kɔe, na okofii ase kaa nneɛma akɛse a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano. Na hyiadan mu panyin biako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ohuu no no, ɔhwee ne nan ase; na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babea rewu, na bra na fa wo nsa begu no so, na ne ho nyɛ no den, na onnya nkwa. Na ɔne no siim kɔe; na nkurɔfokuw pii dii n’akyi, na wɔkyeree no so. Na ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien, na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara, na mmom ɛkɔɔ so no, tee Yesu nka no, obefii n’akyi nkurɔfokuw no mu, de ne nsa bɛkaa n’atade. Na ɔkae se: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den. Na ntɛm ara na mogya a etu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yare no agyae. Na ntɛm ara Yesu hui ne mu sɛ ahoɔden bi afi ne mu, na ɔdan ne ho nkurɔfokuw no mu kae sɛ: Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade? Ɛnna n’asuafo no see no sɛ: Woahu sɛ nkurɔfokuw no kyere wo so, na wuse: Hena na ɔde ne ho kaa me? Na otwaa n’ani sɛ obehu nea ɔyɛɛ ade no. Na ɔbea no nim nea ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopo bae bɛkotow n’anim, na ɔkaa ne nokware nyinaa kyerɛɛ no. Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den! Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no? Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, osee hyiadan mu panyin no sɛ: Nsuro, na gye di ara! Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane. Na oduu hyiadan mu panyin no fi no, obehuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu na wɔreyɛ hoo pii. Na ɔhyɛn hɔ no, obisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada. Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ. Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan! Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni. Na Yesu fii hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafo no dii n’akyi. Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn? Ɛnyɛ duadwumfo yi ɔyɛ Maria ba no, Yakob ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no ni? Na ɛnyɛ ne nuammeanom na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ne fi. Na wantumi anyɛ anwonwade biara bio wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. Na wɔn gye a wonnye nni no yɛɛ no nwonwa. Na okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe. Na ɔfrɛɛ dumien no baa ne nkyɛn, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan, gye poma nko ara; wɔmmfa aduan anaa kotoku, anaa sika wɔ wɔn abɔso mu; na wɔnhyɛ mpaboa. Nso monnhyɛ ntade abien abien! Na osee wɔn sɛ: Baabiara a mobɛhyɛn ofi bi mu no, ɛhɔ na montena nkodu sɛ mubefi hɔ akɔ. Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse. Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Na wotutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare. Na ɔhene Herode tee; efisɛ na Yesu din atrɛw, na ɔkae sɛ: Yohane a anka ɔbɔ asu no anyan afi awufo mu, enti na ahoɔdenne yi yɛ adwuma wɔ no mu. Na ebinom sɛ: Ɛyɛ Elia; ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako. Na Herode tee no, ɔkae sɛ: Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wanyan. Na Herode no ara asoma ama wɔabɛsɔ Yohane mu akyere no ato afiase ne nua Filipo yere Herodia nti, efisɛ waware no. Na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere! Na Herodia nyaa no menasepɔw, na ɔpɛe sɛ okum no, nanso wantumi. Na Herode suro Yohane, efisɛ onim sɛ ɔyɛ onipa trenee ne onipa kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yeraw no pii, nanso ɔde anigye tiee no. Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo, na Herodia no ara babea bae bɛsawee, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidii no ani. Ɛnna ɔhene see ababaa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo. Na ɔkaa no ntam sɛ: Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so. Na ofii adi kobisaa ne na sɛ: Dɛn na minkobisa? Na ɔkae sɛ: Yohane a ɔbɔ asu no ti. Na ntɛm ara ɔde ahoɔhare baa ɔhene nkyɛn bekaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane suboni ti to prɛte mu ma me mprempren. Na ɛyɛɛ ɔhene yaw pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, wampɛ sɛ ɔkame no. Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafo hyɛe sɛ wɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti afiase hɔ, na ɔde ne ti no too prɛte mu bae, na ɔde maa ababaa no, na ababaa no de kɔmaa ne na. Na n’asuafo tee no, wɔbɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu. Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa nea wɔyɛe ne nea wɔkyerɛkyerɛe no nyinaa kyerɛɛ no! Na osee wɔn sɛ: Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fa baabi, na monkɔhome kakra! Na wɔn a wɔreba ne wɔn a wɔrekɔ dɔɔso, na wɔannya adagyew annidi po. Na wɔde ɔkorow siim mu kɔɔ sare so fa baabi. Na nkurɔfo huu wɔn sɛ wɔrekɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fi nkurow no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wotwaa wɔn ano. Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. Na onwini reyɛ adwo no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ɛha yɛ sare so, na onwini reyɛ adwo; gya wɔn kwan na wɔnkɔ mfuw ne nkuraa a atwa ahyia yi ase nkɔtɔ abodoo bi nni. Na obua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni! Na wosee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtotɔ abodoo denare ahanu, na yɛmfa mma wonni anaa? Na osee wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ! Na wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: Anum ne mpataa abien. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuwakuw sare momono no so. Na wɔtenatenaa ase akuwakuw, ɔha ɔha ne aduonum aduonum. Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa. Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeemee; na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dumien mama ne mpataa no nso bi. Na wɔn a edii abodoo no ano si mmarima mpemnum. Na ntɛm ara na opiapiaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu, na wonni n’anim nkɔ asuogya noho, Betsaida fam, na onnya nkurɔfokuw no kwan ansa. Na ɔma wɔkɔe no, ɔkɔɔ bepɔw so mpaebɔ. Na eduu anwummere no, na ɔkorow no wɔ po no mfinimfini, na ɔno nko ara wɔ fam. Na ohuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam no, ɔnam po ani baa wɔn nkyɛn, na ɔrepɛ atwa wɔn ho. Na wohuu no sɛ ɔnam po no ani no, wosusuwii sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteɛteɛɛm; na wɔn nyinaa huu no, na wɔn koma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na osee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro! Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Na wɔn ho dwiriw wɔn boroo so. Na wɔante abodoo ho asɛm no ase; efisɛ wɔn koma apirim. Na wotwae no, woduu Genesaret asase so, na wosii fam. Na wofii ɔkorow no mu no, ntɛm ara na wohuu no, na wɔde mmirika kokyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wofii ase soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. Na baabiara a ɔkɔe, nkuraase, anaa nkurow mu no, wɔde ayarefo beguu gua so, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atade ano nnwow nko ara; na dodow a wɔkaa no no ho yɛɛ wɔn den. Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn. Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi. (Na Farisifo ne Yudafo nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yiye a, wonnidi, efisɛ wokura mpanyimfo atetesɛm mu; na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro). Ɛnna Farisifo ne kyerɛwfo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm so na wɔde nsa fi didi yi? Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ. Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu. Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so! Na Mose kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, ɛne: Nea ɔka n’agya anaa ne na ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu! Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn) a na momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio, na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no, na nneɛma a ɛte sɛ eyinom pii na moyɛ. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase! Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi. (Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!) Na ofii nkurɔfokuw no nkyɛn baa fie no, n’asuafo no bisaa no ɛbɛ no ase. Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa? Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho). Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi. Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm, ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi. Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw. Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase; nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu. Na osee no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma. Na ɔbea no buaa see no sɛ: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma a wɔwɔ ɔpon ase no nso di mmofra no mporoporowa no bi! Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti kɔ! Honhommɔne no afi wo babea no mu. Na ɔkɔɔ ne fi no, okohui sɛ honhommɔne no afi kɔ, na ne babea no da mpa so. Na ofii Tiro ahye so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahye so. Na wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto no so. Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma, na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue! Na n’aso buei, na ne tɛkrɛma hama no sanee ntɛm ara, na otumi kasae. Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka. Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa. Nna no mu a nkurɔfokuw no dɔɔso bio na wonni biribi a wodi no, Yesu frɛɛ asuafo no bae see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi. Na sɛ migya wɔn kwan na wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; efisɛ wɔn mu binom fi akyirikyiri na ɛbae. Na n’asuafo no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi betumi anya abodoo a eyinom bedi amee wɔ anwea pradada so ha? Na obisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wɔkae sɛ: Asɔn. Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no. Na wɔwɔ mpataa kakraa bi; na ohyiraa so kae sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. Na wodi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama. Na wɔn a wodii no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na ogyaa wɔn kwan. Na ntɛm ara ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔbaa Dalmanuta fam. Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe. Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara. Na ogyaw wɔn tenaa ɔkorow mu bio kɔɔ asuogya noho. Na wɔn werɛ fii sɛ wɔfa abodoo, na wonni biribi wɔn nkyɛn ɔkorow no mu sɛ abodoo biako pɛ. Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho! Na wɔdwennwene sisee wɔn ho sɛ wonni abodoo. Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim? Mowɔ ani na munhu ade, na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae? Mibubuu abodoo anum memaa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Dumien. Mibubuu ason no memaa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Asɔn. Na osee wɔn sɛ: Ɛnna afei monte ase ara yi? Na woduu Betsaida. Na wɔde onifuraefo bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no. Na osoo onifuraefo no nsa de no fii akuraa no ase, na ɔtoo ntasu guu n’ani so de ne nsa guu no so bisaa no sɛ: Wuhu ade anaa? Na onifuraeni no maa n’ani so kae sɛ: Yiw, mihu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mihu wɔn sɛ nnua. Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ ade haa; na ne ho san no, na ohuu biribiara kann. Na ɔma ɔkɔɔ ne fi see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase. Na Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ mene hena? Na wobuae sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifo no mu biako. Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no. Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre; na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn fii ase kaa n’anim. Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no. Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba. Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim, na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa. Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa. Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako. Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye. Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no! Na amonom hɔ ara, wototoo wɔn ani no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn. Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa. Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wobisabisaa wɔn ho sɛ awufo mu sɔre no ne dɛn? Na wobisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? Na osee wɔn sɛ: Elia aba ansa, na wabesiesie nneɛma nyinaa mmom de, na nea wɔakyerɛw onipa ba no ho sɛ obehu amane pii na wɔabu no animtiaa no ɛ? Na mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔayɛ no nea wɔpɛ nyinaa sɛnea wɔakyerɛw wɔ ne ho no. Na woduu asuafo no nkyɛn no, wohuu nkurɔfokuw pii wɔ wɔn ho ne kyerɛwfo sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm. Na ntɛm ara a nkurɔfokuw no nyinaa huu no no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika bae bekyiaa no. Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi? Na nkurɔfokuw no mu biako buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mede me babarima a ɔwɔ mumu honhom mebrɛɛ wo; na bere biara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, wɔantumi. Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me! Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru. Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase; na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn! Na Yesu see no sɛ: Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di. Na ntɛm ara, abofra no agya de nusu teɛɛm sɛ: Migye midi, boa me m'akyinnyegye mu! Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio! Na ɛteɛɛm, na ɛtwetwee no pii no, efii no mu. Na ɔyɛe sɛ owufo ma nnipa pii kae sɛ: Wawu. Na Yesu soo ne nsa maa no so, na ɔsɔree. Na oduu fie no, n’asuafo no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn de, yɛantumi antu no? Na Yesu see wɔn sɛ: Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada]. Na wofii hɔnom no, wokotwaam Galilea; na wampɛ sɛ obi te. Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, na osee wɔn sɛ: Wɔde onipa ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wokum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre. Na wɔante asɛm no ase, na wosuroe sɛ wobebisa no. Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ ofie no, obisaa wɔn sɛ: Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no? Na womuaa wɔn ano; efisɛ ɔkwan mu no wɔdwennwenee ho sɛ hena ne wɔn mu ɔkɛse. Na ɔtenaa ase frɛɛ dumien no, na osee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo. Na ɔfaa abofra bi de no gyinaa wɔn mfinimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no. Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛahu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na onni yɛn akyi; na yɛbraa no, efisɛ onni yɛn akyi. Ɛnna Yesu kae sɛ: Mommmara no; na obi nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade na obetumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara. Na nea ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa. Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no. Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu. Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basasin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ennum da no mu, [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum] Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nan abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum] Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu, sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, nea wɔn aboaa nwu na ogya no nnum. Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene, [na wɔde nkyene bɛto afɔre nyinaa mu] Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ tu fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Munnya nkyene mo ara mo mu, na mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu! Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio. Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ. Na obua see wɔn sɛ: Dɛn na Mose hyɛɛ mo no? Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo komaden nti na ɔkyerɛw saa ahyɛde yi maa mo; na efi adebɔ mfiase no, ɔbarima ne ɔbea na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu. Na ɔwɔ ofie no, n’asuafo no bisaa no asɛm no ara bio. Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam, na sɛ ɔbea no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware. Na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim. Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa. Na ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn. Na ofii adi kɔɔ ɔkwan so no, obi tutuu mmirika bɛkotow n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn. Wunim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni. Na osee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so. Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi. Na asɛm no nti omunae de awerɛhow kɔe; efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree. Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiae see n’asuafo no sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wosisee wɔn ho sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa? Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ. Na Petro fii ase see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Na Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nua mmarimanom, anaa nuammeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu. Na adikanfo pii bɛka akyiri, na akyikafo abedi kan. Na wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na na wɔn a wodi n’akyi no suro. Na ɔfaa dumien no bio fii ase kaa nneɛma a ɛbɛba no so no kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo, na wɔagoru ne ho, na wɔatoto ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio. Na Sebedeo mma Yakob ne Yohane baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ wo no, woyɛ ma yɛn. Na osee wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo? Na wosee no sɛ: Nea yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu biako ntena wo nifa, na obiako ntena wo benkum, w’anuonyam mu! Na Yesu see wɔn sɛ: Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a menom ano anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo? Na wosee no sɛ: Yebetumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom ano no de, mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo; na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me de sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn. Na edu no tee no, Yakob ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo. Na Yesu frɛɛ wɔn bae na osee wɔn sɛ: Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wodi wiase amanaman so no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ obedi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa. Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii. Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ofii ase teɛɛm sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ! Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔno de, ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na Yesu gyina kae sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifuraefo no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo! Na ɔtow ne ntama gui sɔre baa Yesu nkyɛn. Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade! Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so. Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase! Na mudu hɔ pɛ a, mubehu afurum ba a wɔasa no hama a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra! Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha. Na wɔkɔe kohuu afurum ba no sɛ ɔsa ɔpon ano wɔ mfikyiri, abɔnten, na wɔsan no. Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresan afurum ba no ayɛ dɛn? Na asuafo no buaa wɔn sɛnea Yesu kae no, na wɔmaa wɔn kwan. Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntama guu no so; na ɔtenaa no so. Na nnipa bebree de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnubaa fii mfuw mu de sesɛw ɔkwan no so. Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba! Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro! Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania. Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no. Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ. Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee. Na woduu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛn asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade asɔrefi hɔ; na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua, na wamma kwan amma obiara ansoa ade amfa asɔrefi hɔ. Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon. Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa. Na ade sae no, ofii kurom hɔ. Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase. Na Petro kaee see no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu! Na Yesu bua see wɔn sɛ: Munnya Onyankopɔn mu gyidi! Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no. Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo. [ Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo. ] Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefi no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ eyinom? Na Yesu see wɔn sɛ: Mebisa mo asɛm biako, na mummua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede yɛ eyinom: Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa? Mummua me! Na wɔdwennwene ho kae sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne ɛdɛn nti na moannye no anni? Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa. Na wobua see Yesu sɛ: Yennim. Na Yesu see wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede yɛ eyinom menkyerɛ mo. Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata. Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ. Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe. Na bio ɔsomaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔbobɔɔ no piraa no wɔ ne tirim, guu n’anim ase. Na ɔsomaa ɔfoforo; na ɔno de, wokum no; ɛne afoforo pii nso, na wɔhwee ebinom, na wokum ebinom. Nanso na aka obiako, ne ba a ɔdɔ no; na akyiri no, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba. Na akuafo no de, wosisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; mommra mma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn dea. Na wɔfaa no kum no twee no fii bobe turom hɔ tow no kyenee. Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo. Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo. Awurade na ɔmaa eyi bae, na so ɛnyɛ nwonwa yɛn ani so anaa? Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe. Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm. Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua? Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ! Na wɔde bae. Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? Na wosee no sɛ: Kaesare dea. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa. Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw too hɔ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ogyaw ɔyere, na wannyaw mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no. Nso anuanom baasɔn tenaa ase, na nea odi kan waree yere; na owui no, wannyaw mma. Na nea ɔto so abien no waree no, na owui. Na ɔno nso wannyaw mma. Na nea ɔto so abiɛsa nso saa ara. Enti nnipa baasɔn no nyinaa waree no, na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui. Na enti owusɔre mu no, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baasɔn no waree no. Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ onim a munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom so yi anaa? Na wonya sɔre fi awufo mu a, wɔnware, nso wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro. Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no? Ampa ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. Na mo de, mofom so pii. Na kyerɛwfo no mu biako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnye na ohui sɛ wabua wɔn yiye no ba bebisaa no sɛ: Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he? Na Yesu bua see no sɛ: Nea edi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. Na nea ɛto so abien no ni: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm biara nni hɔ a ɛkyɛn eyinom. Na kyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfo, woaka no nokware sɛ: Onyankopɔn yɛ biako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara; na sɛ wobɛdɔ no afi koma nyinaa ne adwene nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sen ɔhyew afɔre ne mogya afɔre nyinaa. Na Yesu hui sɛ wabua no nyansam no, osee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahenni ntam kwan nware. Na obi antumi ammisa no asɛm biara bio. Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi no, ɔkae sɛ: Adɛn na kyerɛwfo no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba? Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kae sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ntiaso. Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfo pii no ara de anigye tiee no. Na osee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew ne gua so nkyia ne mpanyimfo nkongua hyia adan mu ne mpanyimfo tenabea adidi ase ho; wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛboro so. Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim no, ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu; na adefo pii de bebree beguu mu. Na ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba abien a ɛbɛyɛ kaprɛ beguu mu. Na ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa. Na wɔn nyinaa fi nea wɔwɔ na abu wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu; na oyi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu. Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi! Na Yesu see no sɛ: Woahu adan akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo a ɛda ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Kyerɛ yɛn bere ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn? Na Yesu fii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui. Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase. Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn. Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan. Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara. Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa. Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so; na nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsian mmma fam, nanso ɔnnhyɛn mu mmmɛfa biribi ne fi. Na nea ɔwɔ afuw mu no nnsan n’akyi mmmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na mommɔ mpae, na amma awɔw bere mu. Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio. Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a woyii wɔn no nti, obetwa nna no so. Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ a, munnnye nnni! Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. Na mo de, monhwɛ yiye, efisɛ madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo dedaw. Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn, na ɔsoro nsoromma betutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awosow. Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu. Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfo, na wɔakɔboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi asase ano akɔpem ɔsoro ano. Munsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm na ɛrefefɛw ahaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom aba a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano. Nokware mise mo sɛ: Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa. Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da. Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko. Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du. Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn. Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn! Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no. Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu. Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam. Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo wɔ wɔn mu, na wɔkekae sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo huamhuam yi? Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no. Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa. Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae. Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn. Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu. Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no? Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi, na baabiara a ɔbɛhyɛn no, munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo no se: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ? Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn! Na asuafo no siim kɔe, na woduu kurow no mu no, wohuu sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no. Na eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama. Na wɔn werɛ howee, na wofii ase bisaa no mmiako mmiako sɛ: Ɛyɛ me? Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa asanka mu no a. Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no. Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam foforo no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu. Nokware mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni no mu. Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete. Na me wusɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea. Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua. Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na Petro de, ɔkasae anibere so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu po a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kae. Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na osee n’asuafo no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpae ansa. Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no. Na osee wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montena ha, na monwɛn! Na ɔkɔɔ n’anim kakra kobutuw fam, na ɔbɔɔ mpae sɛ, sɛ ebetumi a, dɔn no ntwa ne ho nkɔ. Na ɔkae sɛ: Abba, agya! Wutumi ade nyinaa yɛ; yi kuruwa yi fi me ho kɔ; nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ. Na ɔba behuu wɔn sɛ wɔadeda, na osee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwerew biako? Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw. Na osiim kɔe bio kɔbɔɔ mpae kaa asɛnkoro no ara. Na ɔsan bae behuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani pam so, na wonhu nea wɔmfa mmua no. Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn! Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho. Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ! Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano. Na wɔde wɔn nsa kosoo no mu kyeree no. Na wɔn a wogyina hɔ no mu biako twee ne nkrante de bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa twaa n’aso. Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia! Na wɔn nyinaa gyaw no guanee. Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii n’akyi; na wɔkyeree no; na ogyaw nwera no, fii wɔn nsa de adagyaw guanee. Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae. Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya. Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi. Na nnipa pii dii adansekurum tiaa no, nanso wɔn adanse no anhyia. Na ebinom sɔre dii adansekurum tiaa no sɛ: Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ. Na ɛno ho mpo wɔn adanse no anhyia. Na ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa mfinimfini bisaa Yesu sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi? Nanso omuaa n’ano, na wammua bi. Na ɔsɔfo panyin no bisaa no bio, na osee no sɛ: Wone Kristo no, nea wohyira no no ba no anaa? Na Yesu kae sɛ: Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu. Na ɔsɔfo panyin no sunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ɛdɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu. Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre. Na Petro wɔ fam adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa mu biako bae, na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam! Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee. Na abaawa no huu no bio, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi. Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani. Na ofii ase dii nsew, na ɔkekaa ntam sɛ: Minnim onipa a moreka ne ho asɛm yi. Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui! Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa. Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka. Na asɔfo mpanyimfo no totoo n’ano pii. Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wummua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔka gu wo so yi! Na Yesu ammua hwee bio ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa. Nso daa, afahyɛ no mu no, ogyaa ɔdeduani biako biara a wɔsrɛ no ma wɔn. Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia aban no, na wɔadi awu basabasayɛ no mu no mpokyerɛ. Na nkurɔfokuw no kɔe kofii ase srɛɛ no dennennen sɛ ɔnyɛ sɛnea ɔyɛ ma wɔn daa no. Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo? Na ohui sɛ nitan nti na asɔfo mpanyimfo no yii no mae. Na asɔfo mpanyimfo no hwanyan nkurɔfokuw no mu sɛ wɔmma onnyaa Baraba mmom mma wɔn. Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdɛn na mopɛ sɛ meyɛ nea mofrɛ no Yudafo hene no? Na wɔteɛɛm bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu. Na Pilato pɛe sɛ ɔsɔ nkurɔfokuw no ani nti, ogyaa Baraba maa wɔn; na Yesu de, ɔhwee no mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na asraafo no de no kɔɔ amrado aban no adiwo hɔ, na wɔfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae. Na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ bi, na wɔnwenee nsɔe abotiri hyɛɛ no, na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo! Na wɔde abaa paa n’atifi, na wɔtoo ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe sɔree no. Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no. Na wɔde no koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota; (ne nkyerɛase ne tikwankorabea so). Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhuam afra mu, nanso wannye. Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto hwehwɛɛ nea ɛbɛyɛ obiara de. Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Na wɔkyerɛw n’afɔdisɛm no wɔ n’atifi sɛ: YUDAFO HENE NO! Na wɔsɛn akwamukafo baanu kaa ne ho, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ ne benkum; [na kyerɛw a ese: Wɔakan no afra amumɔyɛfo mu no baa mu]. Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni! Gye wo ho fi asɛnnua no so si fam! Saa ara na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no dii ne ho fɛw wɔ wɔn ntam sɛ: Ogyee ebinom, na ontumi nnye ne ho. Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no. Na dɔn a ɛto so asia no mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron. Na dɔn a ɛto so akron no mu no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A ne nkyerɛase ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me yi? Na wɔn a wogyina hɔ no binom tee no, wɔkae sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia! Na obiako tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na onipa ko kae sɛ: Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ, Elia bɛba abeyi no asi fam anaa? Na Yesu de nne kɛse teɛɛm no, owui. Na ntama a etwa asɔredan mu no mu tew abien fi soro besii fam. Na asraafo ha so panyin a ogyina n’anim ntentenso no tee sɛ ɔteɛɛm saa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Onyame ba! Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho; nso ɔwɔ Galilea no, na wodi n’akyi, na wɔsom no, ne mmea afoforo pii a wɔka no ho baa Yerusalem no. Na enya duu anwummere, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a edi homeda anim no nti, Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, efisɛ onnim sɛ wawu ampa anaa; na ɔfrɛɛ asraafo ha so panyin no bisaa no sɛ owui akyɛ anaa? Na asraafo ha so panyin no bɛkae sɛ wawu no, ɔde amu no kyɛɛ Yosef. Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano. Na Maria Magdalene ne Maria, Yose ne na, huu faako a wɔde no toe. Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no. Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔbaa ɔda no so, na awia apue. Na wosisee wɔn ho sɛ: Hena na obemuni ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn? Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo a ɛso kokuroo no amuni dedaw. Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw. Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe! Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafo ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro. [Na ɔsɔree da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no kan]. Na ɔkɔe kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔne no tenae a wɔn werɛ ahow na wɔresu no. Na wɔn de wɔtee sɛ ɔte ase na wɔahu no no, wɔannye wɔn anni. Eyinom akyi no, oyii ne ho adi suban foforo so kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam rekɔ akuraa hɔ no. Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni. Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti. Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa. Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ. Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo, wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den. Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa. Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den. Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso, sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti, Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo, na woahu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ wo no yɛ nokware. Yuda hene Herode bere so no, ɔsɔfo bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw mu, na ne yere yɛ Aaron mmabea no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet. Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm, nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin, na wɔn baanu nyinaa anyinnyin pa ara. Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no, sɛnea asɔfodwuma no te no, eduu no so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhyew ohuam. Na ɔrehyew no, na nnipakuw no nyinaa gyina adiwo rebɔ mpae. Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa. Na Sakaria huu no no, ne koma tui, na ehu kaa no. Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane. Na ɛbɛyɛ wo anigye ne ahosan, na n’awo nti nnipa bebree ani begye. Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po. Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade. Na Sakaria see ɔbɔfo no sɛ: Dɛn na mede mehu eyi? Efisɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa. Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi. Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni. Na nkurɔfo no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ asɔredan mu hɔ saa. Na ofii adi no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wohui sɛ wanya anisoadehu bi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa. Na ɛbae sɛ ne som nna wiee du no, ofii hɔ kɔɔ ne fi. Na nna yi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siei asram anum kae sɛ: Sɛnea Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ obeyi m’ahohora afi nnipa mu no, ni. Na ɔsram a ɛto so asia no mu no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, kɔɔ ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Dawid abusua mu aware nkyɛn; na ababaa no din de Maria. Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho. Na ne koma tui n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyia bɛn ni? Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom. Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da. Na Maria see ɔbɔfo no sɛ: Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara? Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba. Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewabere mu; na nea wɔfrɛ no obonin no, eyi ne ne sram a ɛto so asia; efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ. Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se. Na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. Na nna no mu ara, Maria de ahoɔhare sɔre kɔɔ mmepɔw so Yuda kurow no mu, na ɔkɔɔ Sakaria fi kokyiaa Elisabet. Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade! Na eyi fi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi? Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan huruwii me yam. Na nhyira ne nea wagye adi, efisɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu. Na Maria kae sɛ: Me kra, kamfo Awurade, na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no; efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, efi nnɛ awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira; efisɛ Otumfo no ayɛ ade kɛse ama me; na ne din ne kronkron, na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu. Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu. Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafo kwan yafumpan. Waso n’akoa Israel mu, sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborohunu, sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no, ama Abraham ne n’asefo daa. Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa; na ɔsan kɔɔ ne fi. Elisabet awo duu so, na ɔwoo ɔbabarima. Na n’afipamfo ne n’abusuafo tee sɛnea Awurade ayɛ no adɔe kɛse no, wɔne no ani gyei. Na ɛbae sɛ ne nnawɔtwe so no, wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria, nanso ne na kae sɛ: Daabi, wɔmfrɛ no Yohane. Na wosee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa. Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no. Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Nyankopɔn ayɛ. Na ehu kaa wɔn a atwa wɔn ho ahyia nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu. Na wɔn a wɔtee nyinaa de siee wɔn komam kae sɛ: Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ no so. Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man; na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi, sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no, sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam; sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no: Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afi yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu, ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa. Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan, na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔnefakyɛ a efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so, sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so. Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel. Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din. Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no. Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din. Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu, kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din. Na ɛbae sɛ wɔwɔ hɔ no, n’awo duu so, na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu. Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo. Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn. Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom. Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so. Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ! Na wɔkɔɔ ntɛm so, na wokohuu Maria ne Yosef ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu. Na wohuu no no, wɔkaa abofra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa. Na Maria de, ɔde nsɛm yi nyinaa siei dwennwen ho ne koma mu. Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti. Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no. Na wɔn ahodwira nna dui sɛnea Mose mmara se no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade (sɛnea wɔakyerɛw Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a obebue ɔyafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,) na wɔakɔbɔ afɔre sɛnea ɛte Awurade mmara mu no: Nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so. Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa. Na Honhom no ma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ; na abofra Yesu no awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ sɛnea mmara no te ama no no, ɔfaa no too n’abasa so, yii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkae sɛ: Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se; efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie aman nyinaa anim, ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam. Na nea wɔkae ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwonwa. Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abofra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne sɔre ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia no, na wo nso, afoa behwirew w’ankasa kra mu, na koma bebree mu adwene ayi adi. Na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ofi Aser abusuakuw mu. Wanyin, na ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfirihyia asɔn. Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee. Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa. Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu. Na abofra no nyinii, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn adom wɔ no so. Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase. Na odii mfirihyia dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te. Na wodii nna no wiei, na wɔresan aba no, abofra Yesu no kaa akyiri wɔ Yerusalem, nanso na n’awofo nnim. Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu. Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm. Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa. Na wohuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw na ahwehwɛ wo. Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi? Na wɔn de, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase. Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam. Na Yesu nyinii, nyansa ne kɛseyɛ, ne ɔsɔɔ Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu. Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene, na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfo mpanyin no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so. Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu, sɛnea wɔakyerɛw odiyifo Yesaia nsɛm nhoma no mu sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ! Wɔbɛhyɛ abon nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea akyea no bɛteɛ, na akwan abonkyiabonkyi ayɛ toromtorom. Na ɔhonam nyinaa behu Nyankopɔn nkwagye. Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wofi bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho? Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham. Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu. Na nkurɔfo akuwakuw no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn? Na obuaa wɔn sɛ: Nea ɔwɔ ntade abien no, ma no nkyɛ mu mma nea onni bi, na nea ɔwɔ aduan no, ɔnyɛ saa ara. Na towgyefo nso bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na obisaa wɔn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnnye nkyɛn nea wɔatwa ato hɔ no. Na asraafo nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso mommfa asɛm nto obi so kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani. Na esiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susuw wɔn komam sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti, Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu. Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew. Na nneɛma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. Na ɔmansinhene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ a Yohane kaa n’anim nti, ɔde eyi kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase. Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei, na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani. Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa, (na nkurɔfo dwen sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba, Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba, Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba, Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba, Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba, Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba, Yesu ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba, Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba, Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba, Yese ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba, Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba, Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba, Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sala ba, Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba, Metusela ba, Enok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba, Enos ba, Set ba, Adam ba, Onyankopɔn ba. Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so. Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na owiee no, ɔkɔm dee no. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, hyɛ ɔbo yi na ɛnnan abodoo. Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase. Na ɔde no kɔɔ baabi a ɛkorɔn kɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa prɛko pɛ. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede ma no; enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea. Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no! Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kogyinaa asɔrefi atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, tow wo ho fi ha yi kyene fam! Na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo sɛ wɔmmɛhwɛ wo. Na: Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo. Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ! Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe kakra. Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa. Na ɔkyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no anuonyam. Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan. Na wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ: Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi, na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurofo so no adi. Na ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no tenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi aba mu mo asom. Na wɔn nyinaa dii no adanse, na adom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso! Ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔmpɛ odiyifo biara agye no n’agya kurom. Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de, nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kurow Sarepta mu ɔbea kunafo bi nkyɛn. Na odiyifo Elisa bere so no akwatafo pii wɔ Israel de, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi sɛ Siriani Naaman. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuw hyɛɛ wɔn ma. Na wɔsɔre sunsum no fii kurow no mu hɔ de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow no da so no ano sɛ wɔkɔwɔ no akɔmfo. Nanso ɔfaa wɔn mfinimfini kɔe. Na ɔbaa Galilea kurow bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ n’asɛm no mu wɔ tumi. Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no. Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano, na fi no mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfinimfini hɔ fii no mu kɔe, na wanyɛ no hwee. Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi? Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ asase a atwa ahyia no nkurow nyinaa mu. Na ɔsɔre fii hyiadan no mu hɔ baa Simon fi. Na atiridii dennen bi abɔ Simon n’asebea, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no. Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn. Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefo a nyarewa horow haw wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmiako mmiako saa wɔn yare. Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no. Na ade kyee no, ofi kɔɔ sare so baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no hwehwɛɛ no, na wobeduu ne nkyɛn, na wosiankaa no sɛ ommfi wɔn nkyɛn nnkɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me. Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu. Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho; na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, na apofofo no afi mu kɔhoro wɔn asawu. Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no. Na ogyae kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam! Na Simon buae sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no. Na wɔyɛɛ saa no, wobumaa mpataa pii; a na wɔn asawu no retetew. Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem. Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo. Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodow a woyii no nti, wɔn ho dwiriw wɔn; na sɛ nso ɛyɛɛ Yakob ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfo ara nen. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa. Na wɔde akorow no baa asase so no, wogyaw ne nyinaa hɔ dii n’akyi. Na ɛbae sɛ ɔwɔ nkurow no biako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam ani nyinaa baa hɔ. Na ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe. Na ɔbraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse. Nanso ne ho asɛm trɛwee mmom, na nkurɔfo akuwakuw pii behyiae sɛ wobetie no, na wasa wɔn nyarewa. Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae. Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare. Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a ɔyare mmubui bae, na wɔrehwehwɛ ɔkwan de no abɛto n’anim. Na nkurɔfokuw no nti wɔannya ɔkwan a wɔde no bɛfa so aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfinimfini Yesu anim. Na ohuu wɔn gyidi no, osee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na kyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuwii sɛ: Hena ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hena na obetumi de bɔne akyɛ sɛ Onyankopɔn nko ara? Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu? Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew? Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi! Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa nea ɔdaa so no fii hɔ kɔɔ ne fi na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkae sɛ: Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade. Na eyi akyi no, ofii adi, na okohuu towgyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atowgyei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi! Na ogyaw biribiara sɔre bedii n’akyi. Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ. Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi? Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada. Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ. Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe. Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu. Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye. Na ɛbae sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburofuw bi mu, na n’asuafo no pempan mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee. Na Farisifo no mu binom see wɔn sɛ: Adɛn na moyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkenkan nea ɔkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛe no? Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi kɔfaa Kyerɛ Abodoo no dii, na ɔde bi maa wɔn nso a wɔka ne ho a obi nni ho kwan sɛ odi bi, gye sɛ asɔfo nko ara? Na osee wɔn sɛ: Onipa ba no yɛ homeda nso wura. Na ɛbae sɛ homeda foforo bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu. Nso akyerɛwfo ne Farisifo no tɛw no sɛ ɔbɛsa yare homeda anaa, na wɔanya no akɔtoto n’ano. Nanso ohuu wɔn adwene, enti osee onipa a ne nsa awu no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na ɔsɔre gyinae. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Merebebisa mo: Dɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ homeda, papa anaa bɔne, sɛ wobegye obi nkwa anaasɛ wobekum no? Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa anim hyiae ka kyerɛɛ no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔyɛɛ sa, na ne nsa no san yɛɛ yiye. Na wɔn de, abufuw yɛɛ wɔn ma, na wotuu adekode wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina. Na ɛbae sɛ nna no mu ofii adi kɔɔ bepɔw so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mu no nyinaa. Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na oyii wɔn mu dumien a ɔfrɛɛ wɔn asomafo; Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakob ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakob ne Simon a wɔfrɛ no Selote, Yakob ba Yuda ne Yuda Iskariot a oyii no mae no. Na ɔne wɔn sianee no, obegyinaa baabi a ɛhɔ yɛ tamaa: Ɔne n’asuafo bebree ne nnipa pii a wofi Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano, a wɔbae sɛ wobetie no, na wasa wɔn yare, ne wɔn a ahonhom fi haw wɔn; na ɔsaa wɔn yare. Na nkurɔfokuw no nyinaa hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa bɛka no, efisɛ ahoɔden fi no mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no kae sɛ: Nhyira ne mo ahiafo, na Onyankopɔn ahenni yɛ mo dea. Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, na wɔbɛma moamee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛserew. Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti. Momma mo ani nnye da no, na munni ahurusi! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifo no. Nanso mo a moyɛ adefo de, munnue! Na moanya mo awerɛkyekye dedaw. Mo a moamee, munnue! Na ɔkɔm bɛde mo. Mo a moreserew yi, munnue! Na mo werɛ bɛhow, na moasu. Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no. Na mise mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, munhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo! Nea ɔbɔ w’aso biako mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔfa w’atade nkataso no, mfa w’atade nhyɛase nso nkame no! Obiara a ɔsrɛ wo no, ma no! Na nea ogye w’ade no, mmisa no bio! Na sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara! Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yiye no yiye a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso yɛ saa ara. Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mubegye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso fɛm nnebɔneyɛfo sɛ wobegye wɔn hɔ saa ara. Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne. Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no. Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio. Na obuu wɔn bɛ sɛ: Onifuraeni betumi akyerɛ onifuraeni kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amoa mu anaa? Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo; nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo. Na ɛdɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa so, na mpuran a ɛda wo ankasa aniwa so de, wunhu? Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma minyi duaa a ɛda w’aniwa so no! Na wo ankasa aniwa so mpuran de, wunhu? Nyaatwomni, yi mpuran no fi w’aniwa so kan, ansa na woahu ade yiye de ayi wo nua aniwa so duaa. Na dua pa biara nni hɔ a ɛsow aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛsow aba pa. Na dua biara n’aba na wɔde hu; na wɔntetew borɔdɔma wɔ nsɔe so, nanso wɔntetew obobe aba nguare so. Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka. Na ɛdɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ nea mise? Obiara a ɔba me nkyɛn na otie me nsɛm na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no: Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na otutu ma ɛkɔɔ fam pa ara, na ɔtoo ase ɔbotan so; na nsu yirii no, ɛfaa aban no ho, na antumi anwosow no, efisɛ wɔtoo no yiye. Na nea ɔte na ɔnyɛ no te sɛ onipa a ɔtoo aban asase ani, na enni fapem; ɛno na nsu yirii faa ho, na ntɛm ara ɛhwee ase, na aban no sɛee koraa. Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfo no asom no, ɔkɔhyɛn Kapernaum. Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu. Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yare. Na woduu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no dennen sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama no; efisɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn. Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn ofi no ho no, asraafo ha so panyin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn besee no sɛ: Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase; enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ. Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ. Na wɔn a wɔsomaa wɔn no san kɔɔ fie no, wokohuu akoa a ɔyaree no sɛ ne ho ayɛ no den. Na ɛbae sɛ n’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe. Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho. Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu! Na ɔbae bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkae sɛ: Aberante, mise wo sɛ: Sɔre! Na owufo no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na. Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man. Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so. Na Yohane asuafo kɔkaa eyinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no. Na Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo? Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkae sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo? Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yare ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afura no, ɔma wohuu ade. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo; na nhyira ne nea merenyɛ no hintidua. Na Yohane abɔfo no kɔe no, ofii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire a mframa rehim? Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi. Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, nea ɔsen odiyifo po ni. Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie wo kwan adi w’anim. Mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsen Yohane; nanso nea ɔyɛ akumaa Onyankopɔn ahenni mu no yɛ kɛse sen no. (Na nkurɔfo a wɔtee nyinaa ne towgyefo gyee Onyankopɔn nnwuma too mu ma wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu; na Farisifo ne mmarakyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.) Na ose: Hefo ho na mede nnɛ mma yi mɛto? Na wɔte sɛ hefo? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo, na moansu. Na Yohane suboni aba, onnidi na ɔnnom nsa, na muse: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem. Na Farisifo no mu biako hyiaa no adidi; na ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa adidii. Na hwɛ, ɔbea debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu tee sɛ ɔte adidii Farisini no fi no, ɔde ngo huamhuam toa ma bae, na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho. Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Kyerɛkyerɛfo, ka! Ose: Boseabɔni bi wɔ akafo baanu; obiako de no denare ahanum, na obiako de no aduonum. Na wonnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu nea ɔbɛdɔ no bebrebe. Na Simon buae sɛ: Misusuw sɛ nea ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na osee no sɛ: Woabua no yiye. Na ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔbea no see Simon sɛ: Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu angu me nan so, na ɔbea yi de, ɔde ne nusu afɔw me nan ho, na ɔde ne tinwin apopa ho. Woamfew m’ano; na ɔbea yi de, efii sɛ mebaa ha yi, onnyaee me nan ho few ɛ. Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho. Na eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, efisɛ ɔdɔ pii. Na nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na wɔn a wɔne no te adidii no fii ase kekae wɔn mu sɛ: Hena ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ? Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu! Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho, ne mmea bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛw, wɔne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no, ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no. Na nkurɔfokuw pii boaboaa wɔn ho ano ne wɔn a wofii nkurow no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, obuu wɔn bɛ sɛ: Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee. Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti. Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no. Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie! Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne dɛn? Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase. Na ɛbɛ no ni: Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm. Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa. Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae. Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye. Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba. Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no. Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi. Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam. Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no. Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo. Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so. Na ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya noho. Na wɔhare kɔe. Na wɔrekɔ no, ɔdae. Na mframa kɛse bi bɔɔ huu baa ɔtare no so, na nsu bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu. Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn. Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi? Na wokoduu Gerasafo asase a ɛwɔ Galilea ntentenso so. Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei. Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me! Efisɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ omfi onipa no mu; (na daa na ɛkyere no, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ guu no wɛn no, na ɔtetew nea wɔde akyekyere no no mu, na honhommɔne no pam no kɔɔ anwea pradada so). Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Ɛdɔm, efisɛ ahonhommɔne pii akɔ no mu. Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu. Na mprakokuw kɛse bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔw no so; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhommɔne no fii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuw no bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɔtare no mu, na wɔmemee. Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase. Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe. Na wɔn nso a wohui no kae sɛnea ɛyɛe na nea ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no. Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe. Na ɔbarima no a ahonhommɔne fii no mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ: San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa. Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no. Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi; na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so. Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare befii n’akyi bɛkaa n’atade ano a wɔanwene no, na amonom hɔ ara ne mogya no twae. Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na wɔremia wo. Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ. Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu! Na ɔrekasa no, obi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no! Na Yesu tee no, obuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na obenya nkwa. Na ɔbaa ofie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakob ne abofra no n’agya ne ne na. Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada. Na wɔserew no, efisɛ na wonim sɛ wawu. Na osoo ne nsa frɛe sɛ: Abofra, nyan! Na ne honhom san bae bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni. Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara. Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden. Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔwa anaa aduan anaa sika anaa ntade abien abien. Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafi hɔ akɔ. Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn. Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara. Na ɔmansinhene Herode tee nea ɔyɛe nyinaa; na ne tirim yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyan Yohane afi awufo mu, na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforo se: Tete adiyifo no mu biako asɔre. Na Herode kae sɛ: Yohane de, matwa ne ti, na hena ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛe sɛ ohu no. Na asomafo no san bae, na wɔbɛkaa nea wɔakɔyɛɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ɔfa baabi, kurow a wɔfrɛ no Betsaida no ho. Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, wodii n’akyi; na ogyee wɔn kaa wɔn Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ehia wɔn yare. Na ade reyɛ asa; na dumien no bae besee no sɛ: Gya nkurɔfokuw no kwan na wɔnkɔ nkurow ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtena hɔ, na wɔanya aduan; efisɛ nea yɛwɔ ha yi yɛ sare so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wose: Yenni biribiara sɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan ma nkurɔfo yi nyinaa. Na wɔbɛyɛ sɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Momma wɔntenatena ase akuwakuw bɛyɛ aduonum aduonum. Na wɔyɛɛ sa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase. Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubui de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuw no. Na wodii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien. Na ɛbae sɛ ne nko wɔ hɔ rebɔ mpae no, na n’asuafo no ka ne ho; na obisaa wɔn sɛ: Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena? Na wobuae sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre. Na obisaa wɔn sɛ: Mo de, muse mene hena? Na Petro buae sɛ: Onyankopɔn Kristo no. Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee braa wɔn sɛ wɔnnka eyi nnkyerɛ obiara se: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo apo no, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wanyan. Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na onni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔne n’agya ne n’abɔfo kronkron anuonyam bɛba no. Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa. Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ sɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔw so mpaebɔ. Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee. Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae; na woyii wɔn ho adi anuonyam mu, na wɔkaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem ho asɛm. Na nna faa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wonyanee no, wohuu n’anuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ. Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka. Na ɔreka saa no, omununkum bae bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ omununkum no mu no, wosuroe. Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, muntie no! Na ɛnne no twaam no, wohuu Yesu nko ara. Na womuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nneɛma a wohui no ankyerɛ obiara. Na ɛbae sɛ n’adekyee a wofii bepɔw no so sii fam no, nkurɔfokuw bebree behyiaa no. Na hwɛ, ɔbarima bi a ofi nkurɔfo no mu teɛɛm sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba koro. Na hwɛ, honhom bi kyere no, na ɔpatuw teɛm su, na esinsen no ma n’ano po ahuru, na obu fa so, na ɛden no ansa na egyaa no. Na mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu no, wɔantumi. Na Yesu buae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mentɔ me bo ase mo ho nkodu da bɛn? Fa wo ba no bra ha! Na ɔreba no, honhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no. Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya. Na Onyankopɔn ahoɔden kɛse yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw. Na nneɛma a Yesu yɛe no nyinaa yɛɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Momma nsɛm yi nkɔ mo asom; na wɔrebeyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa. Na wɔante asɛm yi ase, efisɛ na wɔde ahintaw wɔn na wɔanhu. Na wosuroe sɛ wobebisa no asɛm yi. Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse? Na Yesu huu wɔn komam nsusuwii no, ɔfaa abofra bi begyinaa ne nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse. Na Yohane buae sɛ: Owura, yehuu sɛ obi de wo din tu ahonhommɔne; na yɛbraa no, efisɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mommmara no! Na nea ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa. Na ɛbae sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie du no, ɔde sii n’anim sɛ ɔrekɔ Yerusalem. Na ɔsomaa abɔfo dii n’anim; na wɔkɔe no, wɔkɔhyɛn Samariafo akuraa bi ase sɛ wɔrekosiesie hɔ ama no. Na wɔannye no, efisɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem. Na n’asuafo Yakob ne Yohane hui no, wɔkae sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn? Na ɔdan ne ho kaa wɔn anim. Onipa ba no amma ammɛsɛe nnipa kra, na obegyee wɔn. Na wɔkɔɔ akuraa foforo bi ase. Na ɛbae sɛ wɔnam kwan mu rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi. Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to. Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: Di m’akyi! Na ɔno de, ose: Ma me kwan na minkosie m’agya ansa. Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm! Na ɔfoforo nso kae sɛ: Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa koso funtumdade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni no mu. Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu. Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nguanten akɔ mpataku mu. Mommfa sika kotoku anaa akwantu bɔtɔwa anaa mpaboa; na munnkyia obi ɔkwan mu! Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha! Na sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsan aba mo so. Na ofie hɔ ara na montena, na munni na monnom nea ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfo akatua sɛ no. Mummfi ofi biako mu nnkɔ ofi foforo mu! Na kurow biara a mobɛkɔ mu no, wogye mo a, munni nea wɔde besi mo anim! Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo. Na kurow biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, mumfi adi nkɔ kurow no abɔnten so, na monka sɛ: Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo. Na mise mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanim Sodom asen kurow no. Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔfurafuraa ayitam tenatenaa nso mu sakraa wɔn adwene ntɛm ara. Nso atemmu mu no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ asamando. Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no. Na aduɔsɔn no de anigye san bae bɛkae sɛ: Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn. Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam. Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee. Nanso eyi mu de, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro. Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim. M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no. Na ɔdan ne ho kyerɛɛ asuafo no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi; na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante. Na hwɛ, mmarakyerɛfo bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa? Na Yesu ka kyerɛɛ no se: Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn? Na obuae sɛ: Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa. Na ɔno de, ɔpɛe sɛ obu ne ho bem, nti obisaa Yesu sɛ: Na hena ne me yɔnko? Na Yesu yii ano sɛ: Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no, gyaw no hɔ kɔe a watɔ berɛw. Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. Na ade kyee no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo anan mu. Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu yi yɔnko? Na ose: Nea ohuu no mmɔbɔ no. Ɛnna Yesu see no sɛ: Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara! Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fi. Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm. Na Marta de, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na obegyinaa hɔ kae sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko hɔ na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu abia. Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam. Na ɛbae sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpae na ogyaee no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no. Na Yesu see wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn daa aduan daa! Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hena na ɔwɔ adamfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me abodoo abiɛsa, na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn, na minnya biribi memma no. Na ofi mu noho bebua no sɛ: Nhaw me, na wɔato pon mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na mintumi mensɔre mmɛma wo. Mise mo sɛ: Adamfo nko so de a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’anuɔden nti ɔbɛsɔre abɛma no dodow a ehia no. Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wohiɛ no. Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ nso obisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? Anaasɛ nso obisa nkesua a, ɔbɛma no akekantwɛre? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no? Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbae sɛ honhommɔne no fii adi no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa. Na wɔn mu binom kae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne. Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne bi a efi soro. Nanso na onim wɔn adwene nti, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dan amamfo, na ofi ne fi a edi mpaepaemu no nso bɔ. Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Sɛ muse: Menam Beelsebul so na etu ahonhommɔne. Na sɛ menam Beelsebul so mitu ahonhommɔne a, hena so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufo. Na sɛ mede Nyankopɔn nsatea mitu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni aba mo so. Sɛ ɔhoɔdenfo amia rewɛn ne fi a, n’ahode wɔ hɔ komm. Na sɛ nea ɔsen no ahoɔden ba no so na odi no so nkonim a, ogye n’akode a n’ani da so no, na ɔkyɛ n’asade mu. Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. Sɛ honhom fi, fi onipa mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome; na onnya bi a, ose: Mɛsan makɔ me dan a mifi mu mebae no mu. Na ɔba a, obehu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu. Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom foforo ason a wɔyɛ bɔne sen n’ankasa ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu a, wɔtena hɔ; na onipa no akyiri asetena yɛ bɔne sen kan de no. Na ɛbae sɛ ɔreka eyinom no, ɔbea bi a ɔwɔ nkurɔfokuw no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii! Na ɔno de, ɔkae sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so! Na nkurɔfo akuwakuw no boaboaa wɔn ho ano pitipiti no, ofii ase kae sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, sɛ Yona sɛnkyerɛnne no. Na sɛnea Yona yɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi. Anafo hemmaa no ne nnɛ mma yi mu mmarima bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ; efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa. Na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha yi. Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka nti wɔsakraa wɔn adwene. Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha yi. Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa ɔkorow ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahu ne haran. Wo nipadua kanea ne w’aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ enye a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu. Enti hwɛ yiye, na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛnea kanea de ne hyerɛn ma wo hann no. Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkodidi; enti ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase. Na Farisini no hui sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔredidii no, ɛyɛɛ no nwonwa. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifo de, mohohoro kuruwa ne prɛte ho; na mo mu de, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma. Nkwasea, ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyiri no na ɔyɛɛ emu nso? Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo. Na mo Farisifo, munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no. Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia. Munnue sɛ mote sɛ nna a ɛnna adi, na nnipa a wɔnam so no nhu. Na mmarakyerɛfo no mu biako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woka saa a, na wobɔ yɛn nso adapaa. Na ɔkae sɛ: Mo mmarakyerɛfo nso, munnue sɛ mode nnosoa a ne soa yɛ yaw soa nnipa, na mo ankasa de, momfa mo nsatea mu biako po nka nnosoa no. Munnue sɛ moto adiyifo a, mo agyanom na ekum wɔn no nna so. Sɛnea mudi mo agyanom nnwuma ho adanse na mopene nen, sɛ wɔn na wɔkum wɔn, na mo nso na moto wɔn ada so. Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom, na wɔahwehwɛ adiyifo nyinaa mogya a wohwie gui fi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam, efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam. Mo mmarakyerɛfo, munnue sɛ moafa nimdeɛ safe; mo ankasa monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan. Na ofi hɔ kɔe no, Akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho, na wɔtɛw no hwehwɛe sɛ wobenya n’anom asɛm bi. Bere no mu ara a nkurɔfokuw mpempem aboaboa wɔn ho ano na mpo wotiatia wɔn ho so no, ofii ase ka kyerɛɛ n’asuafo no kan sɛ: Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo mmɔkaw a ɛne nyaatwom no ho! Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi so, ana ahintaw a wɔrenhu. Enti biribiara a moaka esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na nea moaka no asom wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi. Na me nnamfonom, mise mo sɛ: Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam, na eyi akyi no, wonni biribi a wobetumi ayɛ bio. Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no! Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mpɛsɛwa abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so. Na mo ti nwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree. Nso mise mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfo anim. Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Onyankopɔn abɔfo anim. Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bekyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no. Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho, efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka. Na onipa bi a ofi nkurɔfokuw no mu see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyade. Na obisaa no sɛ: Onipa, hena na ɔde me sii mo so sennifo anaa ɔdekyɛfo? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ. Na obuu wɔn bɛ sɛ: Onipa bi a ɔyɛ ɔdefo asase sow aba pii. Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie. Na ose: Nea mɛyɛ ni, meburuw m’asan, na masi akɛse; na ɛhɔ na mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma mesie, na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam! Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea? Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra sen aduan, na nipadua sen ntama. Monhwɛ nkwaakwaadabi sɛ wongu na wontwa, na wonni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛn wɔn. Ɔsen bɛn na monsen nnomaa? Na mo mu hena na obetumi adwennwen de basafa biako ato ne tenten so? Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewa a ɛte sɛɛ po a, adɛn na mudwinnwen nea aka ho? Monhwɛ sukooko sɛnea enyin, ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa; nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po n'ahosiesie anto eyinom mu biako. Na sɛ Onyankopɔn ma wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mpɛn ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidi sua? Na mo de, monnhwehwɛ nea mubedi anaasɛ nea mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ! Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman di; na mo Agya nim sɛ nneɛma yi hia mo. Na mmom monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo. Montɔn nea mowɔ mfa nyɛ adɔe, monyɛ sika nkotoku a ɛrenyɛ dedaw mfa, ɛne agyapade a ɛrensa da ɔsoro, nea owifo mma ho, na nwewee nsɛe no. Na nea mo agyapade wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ. Mommɔ abɔso, na momma mo akanea nnɛw; na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura befi ayeforo ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛbom a, wɔahiɛ no ntɛmntɛm. Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛbɔ n'abɔso, na wama wɔatena adidii, na waba abɛsom wɔn. Na sɛ ɔba ɔdasu a ɛto so abien anaa abiɛsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn! Na munhu eyi sɛ, sɛ ofiwura nim dɔn ko a owifo bɛba a, anka wamma wɔammetu ne dan ase anhyɛn mu. Enti mo nso, munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na Onipa Ba no bɛba. Na Petro see no sɛ: Awurade, yɛn nko na wubu yɛn bɛ yi anaasɛ wubu kyerɛ wɔn nyinaa nso? Na Awurade se: Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so. Na sɛ akoa no se ne komam sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro asomfo ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwa ne mu abien, na wama ɔno ne akyinnyegyefo anya asotwe koro. Na akoa no a onim nea ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛnea ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii. Na nea onnim na ɔyɛ ahwede no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na nea wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wobebisa no nea ɛboro so. Mebae sɛ mebɛma ogya asɔ asase so, na sɛ asɔ dedaw a, dɛn na merehwehwɛ sen eyi? Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yeraw me kosi sɛ wobewie bɔ! Mususuw sɛ mebae sɛ merebɛma asomdwoe asase so? Ɛnte sa, na mmom mpaapaemu. Na efi nnɛ ofi koro mu nnipa baanum bedi mpaapaemu, na baasa ne baanu anya, na baanu ne baasa anya. Wobedi mpaapaemu na agya ne ne ba anya, na ɔba ne agya anya; na ɛna ne ne babea anya, na ɔbabea ne ɛna anya, na ase ne ne sew bea anya, na asew bea ne ase anya. Na osee nkurɔfo akuwakuw no nso sɛ: Sɛ muhu sɛ osu amuna atɔe fam a, ntɛm ara na muse: Osu reba; na ɛba sa. Na muhu sɛ nifa mframa bɔ a, muse: Ahohuru reba; na ɛba mu. Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma asekyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso asekyerɛ? Na adɛn na mo ara nso mummu nea ɛteɛ ho ntɛn? Na sɛ wo ne wo nkurobɔfo rekɔ otumfo anim a, wo ne no wɔ ɔkwan mu no, bɔ mmɔden gye wo ho fi ne nsam, na wantwe wo ankɔhyɛ ɔtemmufo nsa, na ɔtemmufo no amfa wo amma afiasehwɛfo, amma afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. Nokware mise wo sɛ: Woremfi hɔ da, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyiri no po ansa. Saa bere no ara na nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa Galileafo a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ no. Na obua see wɔn sɛ: Mususuw sɛ Galileafo yi huu saa amane yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen Galileafo nyinaa? Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa? Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. Na obuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so? Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefunufunu ho magugu ase sumina. Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene. Na ɔkyerɛkyerɛe hyiadan bi mu homeda. Na hwɛ, ɔbea bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛw honhom mfirihyia dunwɔtwe, na wapono a ontumi nteɛ ne mu koraa po. Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu. Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ. Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda. Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda? Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda? Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti. Na ɔkae sɛ: Ade bɛn na Onyankopɔn ahenni sɛ no anaasɛ dɛn ho na mede mɛto? Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa koduaa ne turom; na enyinii, na ɛyɛɛ dua, na wim nnomaa besisii mman so. Na ɔkae bio sɛ: Dɛn ho na mede Nyankopɔn ahenni bɛto? Ɛte sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fae kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mu de kosii sɛ ne nyinaa kawee. Na ɔnenam nkurow mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, a na ɔnam so rekɔ Yerusalem. Na obi bisaa no sɛ: Awurade, wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi. Efi bere a ofiwura no bɛsɔre ato pon mu no ara na mubefi ase agyina akyiri, na moabɔ ɔpon akyi sɛ: Owura, hiɛ yɛn! Na obebua mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Ɛnna mubefi ase aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔnten so pɛn. Na obese mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa! Ɛhɔ na mubesu atwɛre mo se sɛ muhu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa Onyankopɔn ahenni mu, na mo de, wɔapam mo afi mu. Na wobefi apuei ne atɔe, atifi ne anafo aba abɛtena adidii Onyankopɔn ahenni mu. Na hwɛ, akyikafo bi wɔ hɔ a wobedi kan, na adikanfo bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyiri. Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo. Na osee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ saa sakraman no sɛ: Hwɛ, mitu ahonhommɔne, na mesa yare nnɛ ne ɔkyena, na n'adekyee na mawie. Nanso ɛsɛ me sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee; na enni ho kwan sɛ odiyifo bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem. O! Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ. Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. Na mise mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din so reba no! Na ɛbae sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifo panyin bi fi no, na wɔretɛw no. Na hwɛ, onipa bi wɔ n’anim a ɔyare sesaborɔ. Na Yesu see mmarakyerɛfo ne Farisifo no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔyɛɛ komm. Na ɔfaa no saa no yare, na ɔma ɔkɔe. Na obisaa wɔn sɛ: Mo mu hena na n’afurum anaa nantwi kɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm homeda? Na wɔantumi ammua no eyinom ho bi bio. Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidi no sɛnea wɔpaw mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforo ase a, nkɔtena mpanyin tenabea! Ebia wɔato nsa afrɛ nea n’anim yɛ nyam sen wo. Na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, obese wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwu befi akɔfa akyiri tenabea. Na sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena akyiri tenabea! Na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo, twiw kɔ soro noho! Ɛno na wubenya nidi wɔn a wɔne wo te adidii no anim. Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Na osee nea ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: Sɛ wotow pon awia anaa anwummere a, mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, w’abusuafo anaa w'afipamfo adefo! Na wɔn nso anto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua. Na wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo, na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka. Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka. Na wɔn a wɔne no te adidii no mu biako tee saa no, osee no sɛ: Nhyira ne nea obedidi Onyankopɔn ahenni mu! Na Yesu see no sɛ: Onipa bi tow pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Na adidi bere dui no, ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nneɛma awie. Na wɔn nyinaa fii ase kaa asɛnkoro yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan see no sɛ: Matɔ afuw, na ehia me sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu! Na ɔfoforo se: Matɔ anantwi mpamho anum, na merekɔsɔ wɔn mahwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu! Na ɔfoforo se: Maware yere, enti merentumi mma. Na akoa no bae bɛkaa nsɛm no kyerɛɛ ne wura. Ɛnna ofiwura no bo fuwii, na osee n’akoa no sɛ: Fi adi ntɛm kɔ kurow no mmɔnten ne mprama so, na kɔfa ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye bra! Na akoa no se: Owura, wɔayɛ sɛnea wohyɛe no, nanso afa da so wɔ hɔ. Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Fi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fi ha nyɛ ma. Na mise mo sɛ: Nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no mu biara renka m’aduan no nhwɛ. Na nkurɔfo akuwakuw pii ne no nam. Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani. Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani. Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho akontaa ansa, sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie. Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kan sɛ obetumi de ɔpedu akohyia nea ɔde ɔpeduonu reba ne so no? Anyɛ saa a, obiako no wɔ akyirikyiri no, otu abɔfo kɔsrɛ sɛ wɔmpata. Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani. Nkyene ye. Na sɛ nkyene dɛw tu a, dɛn na wɔde to mu ma ɛyɛ dɛ bio? Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie! Na towgyefo ne nnebɔneyɛfo no nyinaa twiw bɛn no sɛ wɔrebetie no. Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi. Enti Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ: Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no? Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no. Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra. Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du, na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu? Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no. Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho. Na ose: Onipa bi wɔ mmammarima baanu. Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’ahode mu maa wɔn. Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa. Na ɔhweree ne nyinaa wiei no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so, na efii ase hiaa no. Na ɔde ne ho kɔdan asase no so hɔni bi; na ɔma ɔkɔɔ ne mfuw mu kɔhwɛɛ mprako. Na ne kɔn dɔe sɛ ɔde asɛhono a mprako no di no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no. Na n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonnya aduan mma ɛmmoro so; na me de, ɔkɔm rekum me yi. Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na m'ase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. Na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafo no mu biako! Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano. Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye, efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani. Na ne ba panyin no wɔ afum; na ɔreba na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw. Na ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no asɛm ko a aba. Na osee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu. Na ne bo fuwii, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya fii adi bɛkorɔkorɔɔ no. Na obua see agya no sɛ: Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede masom wo, nso memfom wo mmara so da; nanso wommaa me abirekyiba mpo sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. Na wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no. Na n'agya see no sɛ: Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea. Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no. Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade. Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio. Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu. Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi. Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifo nyinaa mmiako mmiako baa ne nkyɛn see nea odi kan no sɛ: Wode me wura ka ahe? Na ose: Ngohina ɔha. Na osee no sɛ: Gye wo nhoma, na tena ase ntɛm kyerɛw aduonum! Ɛnna osee ɔfoforo sɛ: Na wo nso, ahe na wode? Na ose: Mede awi nkotoku ɔha. Na osee no sɛ: Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe! Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu. Na me nso mise mo sɛ: Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi so nya nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu. Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso. Na enti sɛ moanni ahonyade a ɛnteɛ no mu nokware a, hena na ɔde ahode pa no bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi ade mu nokware a, hena na ɔde mo de nso bɛma mo? Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne ahonyade. Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no. Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim. Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ. Obiara a ogyaa ne yere na ɔware ɔfoforo no sɛe aware; na obiara a ɔware nea ne kunu agyaa no no sɛe aware. Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa. Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano. Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu. Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no. Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman no, na ɔwɔ aninyanne kɛse mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom. Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu. Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane. Na eyi nyinaa nna nkyɛn, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ noho ntumi ntra mma yɛn nkyɛn. Na ose: Ɛnne, agya, mesrɛ wo sɛ soma no ma ɔnkɔ m’agya fi; na mewɔ nuammarima baanum, na onkodi adanse nkyerɛ wɔn, na wɔn nso amma aninyanne mu ha yi bi. Na Abraham kae sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifo no; ma wontie wɔn! Na ose: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakra wɔn adwene. Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue! Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua. Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa kyɛ no! Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa kyɛ no! Na asomafo no see Awurade sɛ: Ka yɛn gyidi ho! Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo. Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ofuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ofi afum ba ofie a, obese no sɛ: Bɛsen ntɛm kɔtena adidii? Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ abɔso bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom? Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea wɔahyɛ no no? Saa ara na mo nso sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Na ɛbae sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. Na ɔrekɔ akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafo hyiaa no a wogyinagyina akyirikyiri, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ! Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii. Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ, na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani. Na Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he? Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko? Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo. Na Farisifo no bisaa no sɛ da bɛn na Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae, nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ. Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu. Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! Anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn akyi! Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu. Nanso etwa sɛ ohu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa. Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu. Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔsisii adan. Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa Ba no beyi ne ho adi no. Da no ara, nea ɔwɔ ɔdan atifi na ne biribi wɔ ɔdan mu no, mma onnsian mmmɛfa; na nea ɔwɔ afuw mu no nso, mma ɔnnsan n’akyi. Monkae Lot yere no! Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ogye ne kra no, ebefi ne nsa, na obiara a ne kra befi ne nsa no wobegye no nkwa. Mise mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa koro so; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛbom ayam awi; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. [Mmarima baanu bɛtena afum; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako.] Na wobua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na osee wɔn sɛ: Nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano. Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho sɛ: Ɔtemmufo bi tenaa kurow bi mu a onsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa. Na okunafo bi nso tenaa kurow no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu ntɛn gye me me tamfo nsam! Na wampene ma ɛkyɛe kakra. Na akyiri yi ɔkae ne tirim sɛ: Minsuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa de, nanso okunafo yi haw me nti, mebu ntɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba daa no ammɛyeraw me ho. Na Awurade se: Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ yi ka! Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa? Mise mo sɛ, obebu ntɛn agye wɔn ntɛm. Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so? Na obuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho so sɛ wɔteɛ na wommu wɔn a aka no bɛ yi sɛ: Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako nso yɛ ɔtowgyeni. Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo. Midi mmuada nnawɔtwe mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema. Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ! Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Na wɔde nkokoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafo no hui no, wɔkaa wɔn anim. Na Yesu frɛɛ mmofra no bae see asuafo no sɛ: Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan! Na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. Nokware mise mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa. Na ɔpanyin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn. Wunim mmara nsɛm no: Nsɛe aware! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni! Na ɔkae sɛ: Eyinom nyinaa, mifi me mmofraase na midii so. Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi! Na ɔtee eyi no, ɛyɛɛ no awerɛhow sɛ; efisɛ ɔyɛ ɔdefo kɛse. Na Yesu hwɛɛ no kae sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma asikafo ne adefo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu! Na ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. Na wɔn a wɔtee no kae sɛ: Ɛnne hena na wobetumi agye no nkwa? Na ɔkae sɛ: Nea entumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ hɔ. Na Petro se: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa na yɛabedi w’akyi. Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti, na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa. Na ɔfaa dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nneɛma a adiyifo no akyerɛw afa Onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu. Na wobeyi no ahyɛ wiase aman sodifo nsa, na wɔagoru ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasu agu no so, na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio. Na wɔn de, wɔante eyinom biara ase, na asɛm yi ahintaw wɔn, na wɔanhu nea ɔkae no. Na ɛbae sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. Na ɔtee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa nea ɛrekɔ so. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam. Na ɔteɛɛm sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na wɔn a wodi kan no kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na Yesu gyina hyɛe sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛnee no, obisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade. Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo. Na amonom hɔ ara ohuu ade, na odii n’akyi de anuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde ayeyi maa Onyankopɔn. Na Yesu kɔhyɛn Yeriko sɛ ɔretwam. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ towgyefo panyin na ɔyɛ ɔdefo. Na ɔhwehwɛ Yesu ahu ne nipaban, nanso nkurɔfokuw no nti ontumi, efisɛ ɔyɛ akwatia. Na otutuu mmirika dii kan kɔforoo ankye dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; efisɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa. Na Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so huu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam; na wo fi na ɛsɛ sɛ metena nnɛ. Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ogyee Yesu ɔfɛw so. Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera. Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuw no susuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kae sɛ: Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba. Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene. Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya. Na nea odi kan no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho. Na osee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi! Na nea ɔto so abien no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa anum. Na osee oyi nso sɛ: Wo nso di nkurow anum so! Na ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a wode maa me no mede mehyɛɛ dukuu mu Na misuroo wo, efisɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa nea womfa ntoo hɔ ɛ, na wutwa nea wungui ɛ. Na owura no see no sɛ: Akoa bɔne, w’ankasa anom asɛm so na menam mebu wo atɛn. Wunim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa nea memfa mentoo hɔ, na mitwa nea mingui ɛ, na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho nsiho? Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyina nkyɛn no sɛ: Munnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no. (Na wosee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!) Na mise mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim! Na owiee eyinom ka no, ɔsen dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem. Na ɛbae sɛ ɔbɛn Betfage ne Betania bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛn hɔ a, mubehu afurum ba a wɔasa no a onipa biara ntenaa no so da; monsan no mmra ha! Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn nti na mosan no a, nea monka ne sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no ara. Na wɔresan afurum ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na mosan afurum ba no? Na wɔkae sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntama guu no so, na wɔde Yesu tenaa so. Na ɔrekɔ no, wɔde wɔn ntama sesɛw ɔkwan mu. Na ɔbɛn nea wɔrebesian Ngo Bepɔw no, asuafo dɔm no nyinaa ani fii ase gyei, na wɔde nne kɛse yii Nyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenne a wɔahu nyinaa nti sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho. Na Farisifo no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuw no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim! Na obua see wɔn sɛ: Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm. Na ɔbɛn no, ɔhwɛɛ kurow no sui wɔ so se: Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wunim nea ɛfa asomdwoe ho a anka eye. Nanso afei, wɔde ahintaw wo. Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no. Na Yesu kɔɔ asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ade wɔ hɔ no osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Me fi yɛ mpaebɔ fi; na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu. Na daa ɔkyerɛkyerɛe asɔrefi hɔ; na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mu atitiriw rehwehwɛ no akum no. Na wɔanhu nea wɔbɛyɛ; efisɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no. Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nneɛma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi yi? Na obua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na monka nkyerɛ me: Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne adɛn nti na moannye no anni? Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, ɔman no nyinaa besiw yɛn abo; efisɛ wogye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifo. Na wobuae sɛ wonnim nea efi. Na Yesu nso see wɔn sɛ: Me nso menka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo. Na ofii ase buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛe. Na bere no dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn, sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafo no hwee no ma ɔnam nsansa kɔe. Na ɔsan somaa akoa foforo; na ɔno nso, wɔhwee no bɔɔ no adapaa ma ɔnam nsansa kɔe. Na ɔsomaa nea ɔto so abiɛsa; na ɔno nso, wopirapiraa no pam no fii hɔ. Na bobe turo wura no kae sɛ: Menyɛ no dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no. Na akuafo no huu no no, wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; momma yenkum no, na apɛgyade no nyɛ yɛn dea. Na wɔtwee no fii bobe turom hɔ kokum no. Enti ɛdɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo yi, na ɔde bobe turo no ama afoforo. Na wɔtee no, wɔkae sɛ: Onyame mpa ngu! Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo. Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu; na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no. Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wɔtɛw no, na wɔsomaa akwansrafo bi a wɔpatuw yɛɛ wɔn anim sɛnea wɔyɛ nnipa trenee sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa. Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yiye, nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu. Yɛwɔ ho kwan sɛ yeyi tow ma Kaesare anaasɛ yennyi? Na ohuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hena mfonini ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi? Na wɔkae sɛ: Kaesare de. Na osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn. Na wɔantumi annya n’asɛm bi anso mu ɔman no anim, na ne mmuae no yɛɛ wɔn nwonwa, na womuaa wɔn ano. Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no mu bi bae bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma, mma nea wawu no. Nso anuanom baasɔn tenaa ase. Na nea odi kan waree yere, wannya ɔba na owui. Na nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa waree no; na saa ara na wɔn baasɔn nyinaa waree no, na wɔannyaw mma, na wowuwui. Na akyiri no, ɔbea no nso wui. Na afei owusɔre mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hena yere? Efisɛ wɔn baasɔn no aware no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma aware; na wɔn a wobebu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforo no ne ɔsɔre a wɔbɛsɔre afi awufo mu no de, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma aware. Nso wontumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfo, na wɔyɛ Onyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyan mma ntia. Na ɛfa awufo nyan ho de Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn. Na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no. Na Akyerɛwfo no mu bi buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woaka no yiye. Na eyi akyi no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na wɔka sɛ: Kristo no yɛ Dawid ba? Na Dawid ankasa ka nnwom nhoma no mu sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? Na ɔman no nyinaa retie no, osee asuafo no sɛ: Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho; wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛso. Na ɔmaa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu. Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mpɛsewa abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, nanso oyi de, ofi ne hia mu de n’asetena mu ade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu. Na ebinom reka asɔrefi no ho asɛm sɛnea wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛde ahyehyɛ no no, ɔkae sɛ: Nneɛma a muhu yi de, nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam. Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn? Na ose: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na afei nso ɛbere no abɛn. Na enti munnni wɔn akyi! Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na etwa sɛ eyinom ba kan; nanso na awiei no de, ennui. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so. Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba. Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti, na mode adi me ho adanse. Enti momfa nto mo tirim na moannnwen nea mode beyi mo ho ano ansa. Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim. Na awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfo nso beyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na mo ti nwi biako po renyera. Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra. Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnne munhu sɛ ne sɛe abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du. Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu. Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn. Na obuu wɔn bɛ sɛ: Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa! Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, mo ankasa muhu sɛ ahohuru bere anya abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn. Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da. Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim. Nso da biara no, ɔkyerɛkyerɛ asɔrefi hɔ awia, na anadwo na wafi hɔ akɔtena bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw no so. Na ɔman no nyinaa sɔre anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefi hɔ betie no. Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee. Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no. Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu. Na ɔne asɔfo mpanyin ne asafohene no kɔkasae kyerɛe sɛnea ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn. Na ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔne no hyehyɛe sɛ wɔbɛma no sika bi. Na ɔpenee; na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuw no akyi. Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui. Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi. Na wobisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie? Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mudu kurow no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsu wɔ mu behyia mo; munni n’akyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu. Na munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ? Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na munkosiesie! Na wɔkɔ kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no. Na dɔn no dui no, ɔbɛtenaa ase, na asomafo no ka ne ho. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane. Na mise mo sɛ, merenni bi bio, gye da a ɛbɛba mu Onyankopɔn ahenni mu. Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkae sɛ: Munnye eyi, na monkyɛ mu! Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni no bɛba. Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae. Saa ara nso na wowiee adidi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu. Nso hwɛ, nea ɔreyi me ama no ne me te pon ho didi. Na Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔahyɛ no de, nanso onipa a obeyi no ama no nnue! Na wofii ase bisabisae wɔ wɔn mu sɛ, hena ara na ɔrebɛyɛ saa ade yi. Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hena na wobebu no kɛse. Na osee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo. Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom. Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom. Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow. Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den! Na Petro see no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu. Na ose: Petro, meka mekyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasan mprɛnsa sɛ wunnim me. Na osee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na munkura sika kotoku ne akwantu bɔtɔwa ne mpaboa no, so biribi hiaa mo anaa? Na wose: Anhia yɛn hwee. Ɛnna osee wɔn sɛ: Afei de, nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne akwantu bɔtɔwa saa ara; na nea onni bi no, ma ɔntɔn ne ntama mfa ntɔ nkrante. Na mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei. Na wose: Awurade, hwɛ, nkrante abien ni. Na osee wɔn sɛ: Ɛdɔɔso. Na ofii adi, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔw so; na asuafo no nso dii n’akyi. Na oduu hɔ no, osee wɔn sɛ: Mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu! Na ɔtwee ne ho fii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a, ɛbɛtɔ no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ. Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den. Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam. Na ɔsɔre fii mpaebɔ mu baa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ awerɛhow nti wɔadeda, na osee wɔn sɛ: Adɛn na moda? Monsɔre mmɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano. Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfewano na ɛreyi Onipa Ba no ama? Na wɔn a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛrebɛba no, wobisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrante anaa? Na wɔn mu biako bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa, na otwaa n’aso nifa. Na Yesu buae sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔkaa n’aso no yɛɛ no yiye. Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi asafohene ne mpanyimfo a wɔbaa no so no sɛ: Mobae sɛnea moreba odwowtwafo so na mukura nkrante ne mmaa yi? Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi. Na wɔkyeree no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Na Petro de, odi wɔn ntɛntɛnso wɔ akyirikyiri. Na wɔsɔɔ ogya adiwo hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu. Na abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam. Na ɔsanee sɛ: Ɔbea, minnim no. Na ankyɛ na ɔfoforo huu no, na ose: Wo nso wufi wɔn mu. Na Petro se: Barima, mimfi wɔn mu. Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ dɔnhwerew biako no, ɔfoforo bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, efisɛ ɔyɛ Galileani. Na Petro se: Barima, minnim nea wuse yi. Na amonom hɔ ara a ogu so kasa no, akokɔ bɔnee. Na Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na Petro fii adi kosui yayaayaw. Na mmarima a wokura Yesu mu no goruu ne ho hwee no. Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm, Hena na ɔbɔɔ wo no! Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu no so. Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii kae sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mise mo a, morennye nni; na sɛ nso mibisa mo a, moremmua me. Na efi nnɛ, Onipa Ba no bɛtena Onyankopɔn tumi nifa so. Na wɔn nyinaa kae sɛ: Ɛnne na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no. Na wose: Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Na yɛn ankasa ate afi n’anom. Ɛnna nnipakuw no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim. Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no. Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na obuaa no sɛ: Woaka. Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu. Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi. Na Pilato tee Galilea din no, obisae sɛ onipa no yɛ Galileani anaa? Na ohui sɛ ofi Herode asase so no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ankasa nso wɔ Yerusalem. Herode huu Yesu no, n’ani gyei sɛ; efisɛ ɔpɛe sɛ ohu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntia. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne bi na wahu. Na obisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no. Nso na asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no gyina hɔ, na wɔtoto n’ano ara. Na Herode ne ne dɔm bɔɔ no adapaa, goruu ne ho, na ɔhyɛɛ no atade hanahana bi de no kɔmaa Pilato bio. Na da no ara na Pilato ne Herode faa adamfo; na kan no de, na anka wɔyɛ aka. Na Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne ɔman no boaa ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ no mu mo anim, na manhu nsɛm a mode totoo n’ano no mu afobusɛm biara onipa yi mu. Herode nso anhu; na ɔma wɔde no brɛɛ me, na hwɛ, ɔnyɛɛ nea ɛfata sɛ wokum no. Enti mɛhwe no, na magyaa no. [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ogyaa ɔdeduani biako ma wɔn]. Na wɔn nyinaa teɛɛm prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyaa Baraba ma yɛn! (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛe kurow no mu hɔ ne awudi nti wɔde no akɔto afiase). Na Pilato pɛe sɛ ogyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio. Na wɔteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu! Na ɔkaa nea ɛto so abiɛsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu nea ɛfata sɛ wokum no, enti mɛhwe no, na magyaa no. Na wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne de so. Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛnea wobisae no. Na ogyaa nea sakasaka ne awudi nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu de, oyii no mae sɛnea wɔpɛ. Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, ɔbarima bi a ofi Kirene a ofi n’afum reba no mu, na wɔde asɛnnua no too no so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi. Na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi, ne mmea a wɔredi no nkɔmmɔ na wɔresu no. Na Yesu dan n’ani kyerɛɛ wɔn kae sɛ: Yerusalem mmabea, munnsu me, na munsu mo ho ne mo mma! Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoe da ne nufu a wonnumii da. Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ: Monhwe yɛn so! Ne nkoko sɛ: Monkata yɛn so! Na sɛ wɔde eyi reyɛ duamono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui? Na wɔde nnebɔneyɛfo baanu nso kaa ne ho kɔe sɛ wonkokum wɔn. Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛn no ne nnebɔneyɛfo no, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ benkum. Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu. Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanyimfo no nso yii no ahii sɛ: Ogyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho ɛ! Na asraafo no nso goruu ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka, na wɔkae sɛ: Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho! Na nkyerɛwee bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafo hene. Na nnebɔneyɛfo a wɔasɛn wɔn no mu biako yaw no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn! Na obiako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi? Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara. Na ɔkae sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ. Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia no, esum duruu asase nyinaa so de kosii dɔn a ɛto so akron. Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntama a etwa mu no mfinimfini tewee. Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu. Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee. Na nkurɔfo akuwakuw a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ ade no nyinaa huu nea aba no, wɔbobɔɔ wɔn koko so san kɔe. Na n’amannifo nyinaa ne mmea a wodii n’akyi fii Galilea no abegyina akyirikyiri rehwɛ nneɛma yi. Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ, no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no. Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no. Na okoyi kyekyee no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbo mu a onipa bi nnaa mu da mu. Na ɛda no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn. Na mmea no nso a wɔne no fi Galilea bae no dii akyi kɔhwɛɛ ɔda no ne sɛnea wɔde n’amu no too mu fae. Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no. Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɔda no so, na wɔde nnuru huamhuam a wɔasiesie no bae. Na wohuu ɔbo no sɛ apirew afi ɔda no ano, na wɔhyɛn mu no, wɔanhu Awurade Yesu amu no. Na ɛbae sɛ eyi yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu begyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntade a ɛhyerɛn. Na ehu kaa wɔn ma wosisii wɔn ti ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefo no awufo mu yi? Onni ha, na wasɔre. Monkae sɛnea ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo sɛ: Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio. Na wɔkaee ne nsɛm no; na wɔsan fii ɔda no so bɛkaa nneɛma yi nyinaa kyerɛɛ dubiako no ne wɔn a aka no nyinaa. Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakob ne na Maria ne mmea a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa eyinom kyerɛɛ asomafo no. Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni. Na Petro de, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɔda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ohuu nwera no sɛ egu fa, na ofii hɔ kɔɔ fie, na nea aba no yɛɛ no nwonwa. Na hwɛ, da no ara wɔn mu baanu siim kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ sɛ nkwansimma aduosia ase. Na wɔredi nsɛm a aba yi nyinaa ho nkɔmmɔ. Na ɛbae sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wobisabisaa wɔn ho no, Yesu ankasa twiw bɛnee ne wɔn bɔɔ anan kɔe. Nanso wɔasuso wɔn aniwa mu, na wɔanhu no. Na obisaa wɔn sɛ: Nkɔmmɔ bɛn na monam redi a mo werɛ ahow yi? Na wɔn mu biako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: So wo nko ne ɔhɔho wɔ Yerusalem a wunnim nsɛm a aba hɔ nnansa yi anaa? Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho, sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo de no kɔmae sɛ wommu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Na yɛn de, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebegye Israel. Nanso eyi nyinaa akyi no, nnansa ni a nsɛm yi sii. Na mmea bi a wofi yɛn mu abɛma yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔda no so ahemadakye yi, na wɔanhu n’amu no wɔ hɔ no, wɔba bɛkae sɛ wɔahu abɔfo bi wɔn ani so nso a wɔkae sɛ ɔte ase. Na wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no mu binom kɔɔ ɔda no so, na wokohui sɛnea mmea no nso kae no ara; na ɔno ankasa de, wɔanhu no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi! Ɛnsɛ sɛ Kristo no behu saa amane no ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa? Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase. Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ ase no, ɔyɛe sɛnea ɔrekɔ n’anim. Na wɔhyɛɛ no dennennen sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwini adwo, na ade reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛn mu ne wɔn kɔtenae. Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn. Na wɔn ani buei, na wohuu no; na ɔno de, otu yerae wɔn anim. Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa? Na wɔsɔree dɔn no ara mu san baa Yerusalem; na wobehui sɛ dubiako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no aboaboa wɔn ho ano reka sɛ: Awurade anyan ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon. Na baanu no nso kaa nea esii ɔkwan mu ne sɛnea wohuu no abodoobubu mu no kyerɛɛ wɔn. Na wɔrekasa saa no, ɔno ara ankasa begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo! Na wɔbobɔɔ piriw, na wosuro susuwii sɛ wɔahu ɔsaman. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo bo tutu, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo koma mu? Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ m’ankasa; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ yi. Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. Na anigye nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, obisaa wɔn sɛ: Mowɔ aduan bi wɔ ha anaa? Na wɔmaa no apataa a wɔatoto sin bi. Na ogye dii wɔn anim. Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu. Ɛno na obuee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase. Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu, na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem. Na mone eyinom ho adansefo. Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montena kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro. Na ɔde wɔn fii adi koduu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. Na ɛbae sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro. Na wɔkotow sɔree no, na wɔde anigye kɛse san baa Yerusalem. Na wɔwɔ asɔrefi hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ. Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ. Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe. Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann; na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so. Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi. Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse. Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi. Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no. Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn. Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma. (Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.) Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so. Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae. Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ. Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no. Na ɔpaee mu kae, na wansan; na ɔpaee mu kae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no. Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi. Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? Na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn? Ose: Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ Awurade kwan! Sɛnea Odiyifo Yesaia kae no. Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no fi Farisifo mu. Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnne adɛn nti na wobɔ asu yi? Yohane buaa wɔn sɛ: Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini. Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo. Eyinom bae wɔ Betania, Yordan agya noho, faako a Yohane rebɔ asu hɔ. Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni. Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a ɔsen me mpo, efisɛ odii m'anim kan. Na me de, anka minnim no; na sɛ wobeyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu. Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtenaa no so. Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtena no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no. Ade kyee bio no, na Yohane ne n’asuafo mu baanu gyina hɔ. Na ohuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni. Na asuafo baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wokodii Yesu akyi. Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote? Osee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wokohuu nea ɔte; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so du. Andrea, Simon Petro ne nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wodii n’akyi no mu biako. Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no. Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.) Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no. Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ! Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni! Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo. Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene. Yesu bua see no sɛ: Esiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom. Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so. Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ. Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi. Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa. Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui. Na ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ! Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye galɔn aduonu anaa aduasa. Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn. Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no! Na wɔde kɔe. Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no, na onnim nea efi, (na asomfo a wɔsesaw nsu no de na wonim) na adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no, na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ. Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii. Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ. Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem. Na okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete asɔrefi. Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii; na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi! Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me. Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom? Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio. Ɛnna Yudafo no se: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so? Na ɔno de, ɔkae no, na ɔde ne nipadua asɔredan. Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii. Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii. Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa, na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu. Na Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafo panyin bi; ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho. Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no. Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa? Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo. Mframa bɔ nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛrekɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no te. Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom ayɛ hɔ? Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom? Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no. Sɛ maka mo fam asɛm na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm no a, mubegye adi? Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no. Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so, na obiara a ogye no di no anya daa nkwa. Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase. Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni. Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn. Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu. Eyinom akyi no, Yesu ne n’asuafo no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu. Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ asuasu pii wɔ hɔ; na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na wonnya mfaa Yohane ntoo afiase ɛ. Ɛnna ahodwira ho akyinnyegye bi sɔree Yohane asuafo ne Yudafo ntam. Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, nea ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya noho a wudii ne ho adanse no, hwɛ, ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn. Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa. Mo ankasa mudi me adanse sɛ mekae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim. Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ. Ɔno de, etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan. Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa, na nea wahu na wate no, ɛno ho adanse na odi; na obi nnye n’adanse no. Nea wagye n’adanse no asi gyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma. Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so. Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu renya asuafo bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu sen Yohane no. Nso Yesu ankasa de, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafo no. Ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio. Na etwa sɛ ɔfa Samaria. Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien. Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom! Na n’asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan. Ɛnna Samariani bea no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom? (Ɔkaa saa efisɛ na Yudafo ne Samariafo nka.) Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu. Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi? So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa? Yesu bua see no sɛ: Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio. Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu. Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsu yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu. Osee no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha! Ɔbea no bua kae sɛ: Minni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu; na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu. Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo. Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre. Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu. Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu. Ɔbea no see no sɛ: Minim sɛ Mesia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa. Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no. Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Dɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa yi? Ɛnna ɔbea no gyaw n’asuhina no, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa? Ɛnna wofii kurow no mu baa ne nkyɛn. Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi! Na osee wɔn sɛ: Mewɔ aduan midi a munnim. Enti n’asuafo no sisee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa? Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma. Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko. Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: Obi gu, na obi twa. Me de, mesomaa mo sɛ munkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moabedi wɔn adwuma so aba. Na Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii, esiane ɔbea no adanse a odii sɛ: Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti. Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu. Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n’asɛm nti, na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa. Na nnanu akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea. Na Yesu ankasa dii adanse sɛ odiyifo nni nidi n’ankasa ne kurow mu. Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi. Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum. Na ɔtee sɛ Yesu fi Yudea aba Galilea no, osiim kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yare; na ɔreyɛ awu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni. Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa. Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no dii, na ɔkɔe. Na ɔrekɔ no, ne nkoa behyiaa no, na wɔkae sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den! Ɛnna obisaa wɔn dɔn ko a ne ho fii ase yɛɛ no den no; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnɛra bɛyɛ dɔn a ɛto so ason no na atiridii no gyaa no. Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii. Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe. Eyi akyi no, Yudafo afahyɛ dui, na Yesu kɔɔ Yerusalem. Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho. Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae (retwɛn nsu no wosow. Na edu bere bi mu a, ɔbɔfo sian ba ɔtare no mu bɛfono nsu no, na nea nsu no fono akyi no odi kan kɔ mu no, ɔyare biara a ɔyare no, na ne ho ayɛ no den.) Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirihyia aduasa awotwe n’ahoɔmmerɛw mu. Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa? Ɔyarefo no buaa no sɛ: Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu. Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew! Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na oyii ne kɛtɛ, na ɔnantewee. Nso da no yɛ homeda. Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ. Obuaa wɔn sɛ: Nea ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara no osee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew! Ɛnna wobisaa no sɛ: Hena ne onipa a osee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew no? Nso nea ne ho asan no nnim onipa ko; efisɛ na nkurɔfokuw no wɔ hɔ nti, Yesu nso atwe ne ho afi hɔ. Eyi akyi no, Yesu huu no asɔrefi, na osee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na nea ɛyɛ bɔne sen eyi anyɛ wo. Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda. Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ. Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa. Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni. Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa. Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu; na wama no tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ Onipa Ba. Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu wusɔre mu. Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. Sɛ m’ankasa midi me ho adanse a, m’adanse no nyɛ nokware. Obi wɔ hɔ a odi me ho adanse, na minim sɛ adanse a odi me ho no yɛ nokware. Mo de, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokware adanse; na me de, minnye adanse onipa bi nkyɛn, na meka mo eyinom, na moanya nkwa. Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu. Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me. Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban; na munni n’asɛm no wɔ mo mu, efisɛ nea ɔsomaa no no, munnye no nni! Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse, na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa. Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn, na mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu. Me de, mebae m’Agya din mu, na munnye me; sɛ ɔfoforo ba n’ankasa din mu a, ɔno na mubegye no. Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ? Munnsusuw sɛ mede mo betwa, Agya no anim, na nea ɔde mo twa no wɔ hɔ: Ɔne Mose a mode mo ani ato no so no. Na sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee. Na sɛ munnye ne kyerɛw nsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mubegye me nsɛm adi? Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po, a ɛno ara ne Tiberia po, no agya. Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no. Na Yesu kɔɔ bepɔw no so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ. Nso Twam da, Yudafo afahyɛ no, abɛn. Afei Yesu maa n’ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi? Na eyi de, ɔka de sɔɔ no hwɛe, efisɛ ɔno ankasa nim nea ɔrebɛyɛ. Filipo buaa no sɛ: Abodoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra. Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ: Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi? Na Yesu kae sɛ: Momma nnipa no ntenatena ase! Nso sare pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ mpemnum no tenatenaa ase. Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ. Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera. Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atoko abodoo anum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wodii no hyehyɛɛ nkɛntɛn dumien mama. Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni! Ɛnna Yesu hui sɛ wɔrebɛba abɛfa no ahyɛ no de no akosi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio. Na eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ mpoano, na wɔkɔɔ ɔkorow mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dedaw, na Yesu mmaa wɔn nkyɛn ɛ, na mframa kɛse bɔe nti, ɛpo no sɔree. Na wɔharee bɛyɛ sɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu Yesu sɛ ɔnam po no so, na ɔretwiw abɛn ɔkorow no; na wosuroe. Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, munnsuro! Ɛnna wɔde anigye maa no baa ɔkorow no mu, na ntɛm ara na ɔkorow no duu asase a wɔrekɔ hɔ no so. Ade kyee no, na nkurɔfokuw a wogyina ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ sɛ biako a n’asuafo no kɔɔ mu no, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ ɔkorow no mu, n’asuafo no nko na ɛkɔe. Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ; enti nkurɔfokuw no hui sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafo no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akorow no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha? Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia. Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano. Ɛnna wosee no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma? Yesu bua see wɔn sɛ: Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi. Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ? Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no. Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no. Ɛnna wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn abodoo yi daa! Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da. Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni. Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da, efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no. Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no. Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba? Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Munnnwiinwii mo mu! Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no. Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa. Mene nkwa abodoo. Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui; eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam. Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi? Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no. Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena no mu. Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me na Agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso, me nti ɔbɛtena ase. Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtena ase daa. Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom. Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie? Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa? Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ? Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no. Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’Agya de ama no ansa. Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio. Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa? Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no. Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam! Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako. Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no. Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn. Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no. Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase! Na ne nuanom po annye no anni. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa. Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne. Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui. Na osee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea. Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee. Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he? Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom. Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee. Na afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi kɔkyerɛkyerɛe. Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi? Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka. Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu. Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me? Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo? Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa. Mose maa mo twetiatwa, (ɛnyɛ sɛ efi Mose, na efi agyanom) nanso homeda mutwa onipa twetia. Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ! Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no? Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sesɛɛ mpanyimfo ahu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa? Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi. Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefi no, ɔteɛɛm sɛ: Munim me, nso munim nea mifi. Na ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo a munnim no. Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me. Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui. Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi? Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo? Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam. Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam. Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa! Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa? Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa? Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuw no mu. Na wɔn mu binom pɛe sɛ wɔkyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no. Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma? Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da. Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn! Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi na ɔyɛ wɔn mu biako no see wɔn sɛ: Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa? Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn. (Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afi mu mmiako mmiako.) Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Na Akyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammɔ mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, wɔakyere ɔbea yi aguamammɔ mu pɛɛ. Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ wonsiw nnipa a ɛte sɛɛ abo; na wo nso, wuse dɛn? Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsatea kyerɛkyerɛw fam. Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu nea bɔne bi nni ne ho no, ɔntow no bo kan! Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio kyerɛkyerɛw fam. Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no. Na Yesu maa ne mu so, na wanhu obiara sɛ ɔbea no nko no, osee no sɛ: Ɔbea, ɛhe na wo nkurobɔfo no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa? Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio! Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann. Ɛnna Farisifo no see no sɛ: Wo de, wudi wo ankasa wo ho adanse; w’adanse no nyɛ nokware. Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ midi m’ankasa me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi ne faako a merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ. Mo de, mubu ɔhonam ani atɛn; me de, mimmu obiara atɛn. Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no. Na wɔakyerɛw mo mmara nhoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanse yɛ nokware. Me na midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse. Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buae sɛ: Munnim me, na munnim m’Agya nso; sɛ munim me a, anka munim m'Agya no nso. Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui. Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ? Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase. Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu. Ɛnna wosee no sɛ: Wone hena? Na Yesu see wɔn sɛ: Nea mifi mfiase meka mekyerɛɛ mo no. Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka na mabu atɛn; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo. Na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase. Wɔanhu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa. Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii. Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye. Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye? Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. Na akoa nka ofie daa; na ɔba de, ɔtena hɔ daa. Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa. Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu. Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn. Wobua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma; na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ. Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me. Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm. Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. Na me de, esiane sɛ meka nokware nti, munnye me nni. Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye nni? Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; nea enti muntie wɔn ne sɛ, mumfi Nyankopɔn mu. Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne? Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m’Agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora. Me de, menhwehwɛ m’ankasa m’anuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛn. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da. Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni? Yesu buae sɛ: Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam. Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so. Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me; na ohui, na n’ani gyei. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham? Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ. Ɛnna wɔtasee abo sɛ wɔbɛtow abɔ no, na Yesu hintawee na ofii asɔrefi hɔ kɔe. Na ɔretwam no, ohuu onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu. Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi? Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu. Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. Mewɔ wiase yi, mene wiase hann. Ɔkaa saa no, ɔtow ntasu guu fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade. Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no? Ebinom se: Ɔno ni! Na afoforo se: Ɔte sɛ ɔno. Na n’ankasa se: Mene no. Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani buei? Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Ose: Minnim. Wɔde nea anka ɔyɛ onifuraefo no kɔɔ Farisifo nkyɛn. Nso da a Yesu fɔtɔw dɔte na obuee n’ani no yɛ homeda. Ɛnna Farisifo no nso bisaa no bio sɛnea ɛyɛe na ohuu ade. Na osee wɔn sɛ: Dɔte na ɔde sraa m’ani so, na mekɔhohoroo so, na mihu ade yi. Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu. Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo. Nso Yudafo no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifuraefo na ohuu ade, de kosii sɛ wɔfrɛɛ nea ohuu ade no awofo, na wobisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifuraefo no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ohu ade yi? N’awofo buaa wɔn kae sɛ: Yenim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifuraefo; na sɛ ɛyɛe na afei ohu ade yi de, yennim. Na bio nso onipa ko a obuee n’ani no, yɛn de, yennim; mummisa no, wanyin, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho. N’awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu. Eyi nti na n’awofo kae sɛ: Wanyin, mummisa no. Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo. Ɛnna obua kae sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a, minnim; ade biako na minim, sɛ anka meyɛ onifuraefo, na afei de, mihu ade. Na wosee no sɛ: Dɛn na ɔyɛɛ wo? Obuee w’ani no dɛn? Obuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dedaw, na moante? Dɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modan n’asuafo? Wɔyaw no, na wɔkae sɛ: Wo na woyɛ ne suani; yɛn de, Mose asuafo ne yɛn. Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi de, yennim faako a ofi. Onipa no bua see wɔn sɛ: Eyi na ɛyɛ nwonwa sɛ munnim nea ofi, nanso obuee m’ani. Na yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɔpɛ a, ɔno na otie no. Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn. Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee. Wobua see no sɛ: Wo de, bɔne mu koraa na wɔwoo wo, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpam no fii adi. Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye Onipa Ba no di anaa? Obuae sɛ: Hena ne no, Owura, na minnye no minni? Na Yesu see no sɛ: Woahu no, na nea ɔne wo rekasa yi, ɔne no. Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no. Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wiase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo. Na Farisifo no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wosee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifuraefo? Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo; na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo. Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne. Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn de, wɔanhu asɛm ko a ɔkaa wɔn no. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no. Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn. Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea. Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso. Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no; na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete. Na ɔpaani guan, efisɛ ɔyɛ ɔpaani, na onnwen nguan no ho. Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me, sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no. Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako. Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio. Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn. Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafo no mu bio. Na wɔn mu bebree kae sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no? Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abue anifuraefo ani anaa? Na Asɔrefidwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔw bere aba. Na Yesu nenam asɔrefi Solomon abrannaa so. Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee. Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse. Na mo de, munnye nni; efisɛ mumfi me nguan no mu. Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi; na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da. M’agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m’agya nsam. Me ne agya no yɛ baako. Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no. Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi? Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn. Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔnkyerɛw mo mmara mu sɛ: Mekae sɛ: Moyɛ anyame? Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a, adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti? Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnne munnnye me nnni; na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu. Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe. Na osiim kɔɔ Yordan agya noho bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtenaa hɔ. Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware. Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ. Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu. Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho no, na ne nua Lasaro yare no. Enti ne nuanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare. Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam. Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro. Na afei ɔtee sɛ ɔyare no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ ara nnanu. Na ɛno akyi no, osee n’asuafo no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio! Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo rehwehwɛ sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi? Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu? Sɛ obi nam awia a, onhintiw, efisɛ ohu wiase hann; na sɛ obi nam anadwo a, ohintiw, efisɛ hann nni no mu. Ɔkaa eyinom, na ɛno akyi no, osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no. Ɛnna n’asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre. Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asɛm; na wɔn de, wosusuwii sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka. Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu; na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ minni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn! Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu! Ɛnna Yesu duu hɔ no, obehui sɛ wadi ɔda mu nnanan dedaw. Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ sɛ akwansin abien, na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti. Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no; na Maria de, ɔte fie. Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu. Na seisei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, ɔde bɛma wo. Yesu see no sɛ: Wo nuabarima no bɛsɔre bio. Marta see no sɛ: Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre. Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no. Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo. Ɔno nso tee no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn. Nanso na Yesu nnya nhyɛn kurow no mu ɛ, na ɔwɔ nea Marta behyiaa no hɔ. Ɛnna Yudafo a wɔne no wɔ ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n’akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu. Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu. Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no, na ɔkae sɛ: Ɛhe na mode no toe? Wosee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ! Yesu sui. Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no! Na wɔn mu binom se: Oyi a obuee onifuraefo no ani no, sɛ anka obetumi agye oyi afi owu mu? Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔbo hini ano. Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan. Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam? Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra! Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ! Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii. Na wɔn mu binom siim kɔɔ Farisifo no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn nea Yesu yɛe no. Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii. Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man. Na wɔn mu biako bi, Kaiafa a odi sɔfo panyin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo de, munnim hwee, nanso munnwen sɛ eye ma mo sɛ onipa biako bewu ama ɔman, na ɔman no nyinaa ansɛe. Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no, na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako. Ɛnna efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no. Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annantew Yudafo no mu bio, na ofii hɔ kɔɔ asase bi a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafo no tenaa hɔ. Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho. Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wogyina asɔrefi hɔ sisee wɔn ho sɛ: Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa? Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no. Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ. Ɛnna wɔtow no pon wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro de, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidii no mu biako. Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma. Ɛnna n’asuafo no mu biako, Yuda Iskariot (a ɔrebeyi no ama no,) kae sɛ: Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo? Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia. Ɛnna Yesu kae sɛ: Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da. Na ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me de, munni me daa. Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia. Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii. Ade kyee no, nkurɔfokuw pii a wɔbaa afahyɛ no ase tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no! Na Yesu huu afurum ba bi no, ɔtenaa no so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nsuro, Sion babea; hwɛ, wo hene reba, ɔte afurum ba so. Nso n’asuafo no ante eyinom ase kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no. Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse. Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no. Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi. Na Helafo bi wɔ wɔn a wɔbae sɛ wɔbɛsɔre afahyɛ no ase no mu; ɛnna eyinom baa Filipo a ofi Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛsrɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu. Filipo bae bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu. Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii. Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu. Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni. Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu. Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio! Ɛnna nkurɔfokuw a wogyina hɔ na wɔtee no kae sɛ: Ɔprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfo ne no kasae. Yesu bua kae sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi bae, na mo nti. Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ. Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn. Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu. Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi? Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ. Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee. Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni, na Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae no aba mu sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn kaseɛ adi, na hena na woyii Awurade basa kyerɛɛ no? Eyi nti wɔantumi annye anni, sɛnea Yesaia kae bio sɛ: Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare. Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae. Nanso mpanyimfo no mu pii nso gyee no dii; na Farisifo no nti wɔanka, na wɔantutu wɔn amfi hyiadan mu; efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam. Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no; na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no. Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antena sum mu. Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase. Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ nea obu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no mu; efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa. Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka. Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase. Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma, na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti, ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho. Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho. Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro m’anan ho yi? Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, worente ase seisei, na akyiri no na wobɛte. Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa. Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi. Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no. Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n’atade na ɔtenaa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi? Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no. Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo. Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me. Afei mise mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi sɛ mene no. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye obi a mesomaa no no, ogye me; na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no. Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama. Ɛnna asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wonhu onii ko a ɔde no. Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom; ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no. Enti ɔpa twerii Yesu kokom see no sɛ: Awurade, ɛyɛ hena? Yesu buae sɛ: Ɔno ne nea mede abodoo sin mɛbɔ mu mama no no. Na ɔde abodoo sin no bɔɔ mu maa Yuda Iskariot, Simon ba no. Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm! Na eyi de, wɔn a wɔte adidii no mu biara anhu nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo. Ɛnna ogyee abodoo sin no no, ntɛm ara na ofii adi; na ɛyɛ anadwo. Ɛnna ofii adi no, Yesu kae sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no anuonyam, na Onyankopɔn anya no mu anuonyam. Sɛ Onyankopɔn anya no mu anuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no anuonyam n’ankasa ne mu, na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm. Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso. Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo. Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekɔ no, wuntumi nni m’akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m’akyi. Petro see no sɛ: Awurade, ɛdɛn nti na mintumi minni w’akyi mprempren? Mede me kra mɛto hɔ mama wo. Yesu buaa no sɛ: Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa! Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni. Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa? Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ. Na faako a merekɔ no, munim hɔ kwan nso. Toma see no sɛ: Awurade, yennim faako a worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan? Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ munim me a, anka moahu m’agya no nso; na efi nnɛ munim no, na moahu no. Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no? Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no. Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni! Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn. Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ. Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so! Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa: nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu. Merennyaw mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. Ate kakraa na wiase nhu me bio; na mo de, muhu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no. Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase? Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn. Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea. Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka mo eyinom; na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa. Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu! Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me. Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi. Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee. Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ! Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no. Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree. Asɛm a maka makyerɛ mo no nti mo ho anya afi. Montena me mu, na me nso mentena mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtena obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motena me mu. Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee. Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew. Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo. Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo. Sɛnea Agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montena me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no. Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigye atena mo mu, na mo anigye awie pɛyɛ. Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo. Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo. Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mayi mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi. Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no. Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wonni bɔne; na afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi. Nea ɔtan me no tan m’Agya no nso. Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’Agya. Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa. Na Okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi Agya no nkyɛn, nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse; na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase. Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw. Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn. Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ. Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ. Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ? Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma. Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho! Bɔne ho, efisɛ wonnye me nni; ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio; ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn. Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren. Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba. Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo. Nneɛma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; eyi nti na mekae sɛ: Ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo. Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me. Ɛnna n’asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi? Ɛnna wose: Dɛn ne nea ɔka yi sɛ: Aka kakraa? Yenhu nea ɔka yi. Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ abisa no, na osee wɔn sɛ: Eyi ho na mubisabisa wɔ mo mu, sɛ mekae sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ɔte yaw, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti. Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam. Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ. Eyinom na maka mo mmebu mu; na bere no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebu mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee. Da no na mobɛsrɛ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mebisa Agya no mama mo; na Agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae. Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn. N’asuafo no see no sɛ: Hwɛ, afei de, wokasa pefee, na wummu bɛ biara. Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae. Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei de, mugye di anaa? Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho. Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim. Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam, sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no. Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn! Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so. Afei wɔahu sɛ nneɛma a wode ama me no nyinaa fi wo nkyɛn; efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea. Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu. Na afei minni wiase bio, na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn. Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu. Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka eyinom wiase, na wɔanya m’anigye ma awie pɛyɛ wɔ wɔn mu. Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban fi ɔbɔnefo no ho. Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware. Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase. Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron wɔ nokware mu. Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me. Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no. Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase. Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me; na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu. Yesu kaa eyinom no, ɔne n’asuafo no fii adi kotwaa Asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n’asuafo no kɔɔ mu. Na Yuda nso a oyii no mae no nim hɔ, efisɛ Yesu ne n’asuafo no taa kohyia hɔ. Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode. Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena? Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ. Ɛnna osee wɔn sɛ: Mini! no, wopinii nkyirinkyiri, na wɔhwehwee ase. Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no. Yesu buae sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ mini; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ! Sɛ asɛm a ɔkae sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu. Ɛnna Simon Petro a okura nkrante no twee, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa, na otwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko. Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrante no hyɛ boha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa? Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no, na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no. Nso Kaiafa no ne nea otuu Yudafo no fo sɛ: Eye sɛ onipa biako bewu ama ɔman no. Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ. Na Petro de, ogyinaa mfikyiri ɔpon no ano. Ɛnna osuani biako a ɔsɔfo panyin no nim no no fii adi bɛka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ ɔpon ano no, na ɔde Petro baa mu. Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi. Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔreto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bi. Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm. Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee. Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee no, ne nea meka kyerɛɛ wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae. Na ɔkaa saa no, asomfo no mu biako a ogyina hɔ no bɔɔ Yesu sotɔre kae sɛ: Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni? Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me? Hana maa wɔde no hama mu kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa. Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n’asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi! Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ? Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee. Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no. Ɛnna Pilato fii adi baa wɔn nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia onipa yi? Wobua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo. Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara. Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu. Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo? Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe? Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha. Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne. Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara. Nso mowɔ amanne sɛ migyaa obiako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa? Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwowtwafo. Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. Na asraafo no nwenee nsɔe abotiri na wɔde bɔɔ ne ti, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guguu no so, na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yudafo hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotɔre. Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara. Ɛnna Yesu fii adi bae, na ɔhyɛ nsɔe kyɛw hyɛ atade kɔkɔɔ no. Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no ni! Ɛnna asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me de, minhu no mu afobusɛm biara. Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba. Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, osuroe pii, na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no. Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu? Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so. Efi hɔ no, Pilato hwehwɛe sɛ ogyaa no; na Yudafo no teɛɛm sɛ: Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare. Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu fii adi, na ɔbɛtenaa atemmu agua so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛwee, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. Na ɛyɛ Twam ho siesie da, na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia. Na osee Yudafo no sɛ: Hwɛ, mo hene ni! Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare. Ɛno na afei oyii no maa wɔn hyɛe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔe. Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ ntam. Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene. Saa kyerɛw yi na Yudafo no mu pii kanee, efisɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kurow no; na wɔakyerɛw no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. Na Yudafo asɔfo mpanyin no see Pilato sɛ: Nkyerɛw sɛ: Yudafo hene, na kyerɛw sɛ: Ɔno na ɔkae sɛ: Mene Yudafo hene. Pilato buae sɛ: Nea makyerɛw no, makyerɛw. Na asraafo no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntama, na wɔkyɛɛ mu anan maa ɔsraani biara nyaa biako, ne n’atade. Nso atade no nni mpamee, wɔnwenee fi soro besii fam. Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsunsuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhu nea ɛbɛyɛ ne dea. Na kyerɛwsɛm a ese: Wɔkyɛɛ me ntama mu fae, na m’atade so na wɔtwee so ntonto, no baa mu. Enti asraafo no na ɛyɛɛ eyinom. Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na ni! Na efi dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi. Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me. Nso nsa nyinyanyinya ade bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ posaw ma, na wɔde tuaa dua ano de kaa n’ano. Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae. Nso da no yɛ Ahosiesie da, na sɛnea ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, efisɛ, na saa homeda no yɛ da kɛse nti, Yudafo no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wonkobubu wɔn nnyawa na wonyi wɔn. Ɛnna asraafo no bae bebubuu nea odi kan no nnyawa ne nea ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛnnua mu no de. Na woduu Yesu so na wohui sɛ wawu dedaw no, wɔammubu ne nnyawa. Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae. Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi. Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu. Na kyerɛwsɛm foforo bio se: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no. Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma onyi Yesu amu no; na Pilato maa no ho kwan. Na ɔba beyii n’amu no. Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae. Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no. Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforo bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; na ɛhɔ na Yudafo Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoe, efisɛ ɔboda no na ɛbɛn. Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano. Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto. Ɛnna Petro ne osuani biako no fii adi baa ɔda no ho. Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani biako no yɛɛ ntɛm twaa Petro ho, na okoduu ɔda no ho kan. Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ egu hɔ de, nanso wankɔ mu. Ɛnna Simon Petro dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu, na ohuu nwera no sɛ egu hɔ no ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi. Ɛno na afei osuani biako a oduu ɔda no ho kan no nso hyɛn mu, na ohui, na ogye dii. Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ. Ɛnna asuafo no san baa wɔn fi bio. Na Maria de, na ogyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu, na ohuu abɔfo baanu a wɔhyɛ ntade fitaa sɛ wɔtete hɔ, obiako te atifi, na obiako te anafo, faako a Yesu amu dae hɔ. Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia. Na ɔkaa saa no, ɔdan ne ho hwɛɛ n’akyi, na ohuu Yesu sɛ ogyina hɔ, na onnim sɛ ɛyɛ Yesu. Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no! Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo). Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn. Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafo no sɛ Mahu Awurade na ɔno na ɔkaa eyinom kyerɛɛ me. Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo ho hu nti wɔatoto apon mu faako a asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo! Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Na asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo. Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne akyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama atena hɔ. Na Toma, dumien no mu biako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu bae. Ɛnna asuafo no see no sɛ: Yɛahu Awurade. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsatea manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne nnadewa no anan mu a, minnye minni. Na ɛno akyi nnawɔtwe, n’asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo! Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsatea bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di! Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn! Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di. Na afei, nsɛnkyerɛnne pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe asuafo no anim a wɔankyerɛw nhoma yi mu. Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu. Eyinom akyi no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafo no bio Tiberia po ho. Na sɛnea oyii ne ho kyerɛe ni: Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ. Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wosee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wofii adi kɔɔ ɔkorow mu, na anadwo no, wɔanyi hwee. Na ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa mpoano, nanso asuafo no nnim sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi. Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no bio. Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu. Na asuafo a aka no nam ɔkorow kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ sɛ basafa ɔha, na wɔtwee asawu no ne mpataa no. Na wosii fam no, wohuu nnyansramma a nam gu so, ne abodoo. Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra! Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asawu no baa asase so na mpataa akɛse ɔha aduonum abiɛsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso sɛɛ de, nanso asawu no antetew. Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafo no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hena? Na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara. Eyi ne ne mprɛnsa a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho kyerɛɛ asuafo no. Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa! Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nguan! Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan! Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, woyɛ aberante no, wobɔɔ abɔso, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo abɔso, na ɔde wo akɔ nea wompɛ. (Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.) Na ɔkaa eyi no, osee no sɛ: Di m’akyi! Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no? Ɔno na Petro huu no no, osee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ? Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di m’akyi! Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware. Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo. Teofilo, kan nhoma a meyɛe no fa nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa, de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no. Wɔn nso na n’amanehunu akyi no, ɔnam adanse bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adaduanan mu ma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no, sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu. Ɛnna wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa? Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu, na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho. Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim. Na ɔrekɔ na wɔrehwɛ ɔsoro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntade fitaa begyinaa wɔn nkyɛn, na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi. Ɛno na wofii bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so san kɔɔ Yerusalem. Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te. Eyinom nyinaa de koma koro kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmea no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom. Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ: Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho. Na wɔkan no fraa yɛn, na onyaa ɔsom yi kyɛfa bi somee. (Saa Yuda yi na ɔde n'amumɔyɛ akatua nyaa asase, na ɔhyɛɛ akɔmfo no, ne mu paee, na n’ayamde nyinaa tu gui; na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ankasa kasa mu sɛ Hakeldama, ase ne Mogya Asase). Na wɔakyerɛw nnwom nhoma mu sɛ: Ne tenabere nyɛ amamfo, na obiara nntena mu! Ne hwɛ adwuma no, ɔfoforo mfa! Enti etwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nantewee bere a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyɛmfiri no nyinaa fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo. Na wɔde baanu begyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia. Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom! Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo dubiako no ho. Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma. Na tɛkrɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka. Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. Na wɔtee nea ɛrekɔ so no, nnipa pii behyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔka ne kurom kasa. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa? Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi? Partifo ne Medifo ne Elamfo ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo, Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wosisee wɔn ho sɛ: Eyi ase ne dɛn? Na ebinom nso dii fɛw sɛ: Nsa foforo na abow wɔn. Na Petro ne dubiako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom! Na eyinom mmow nsa, sɛnea mususuw yi, efisɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Na eyi ne nea Odiyifo Yoel kae no sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae; na me nkoa ne me mfanaa so na nna no mu mehwie me Honhom no bi magu, na wɔahyɛ nkɔm. Na mɛma anwonwade aba ɔsoro, na nsɛnkyerɛnne aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne owusiw kumɔnn. Owia bɛdan sum, na ɔsram adan mogya ansa na Awurade da kɛse a ɛhyerɛn no aba. Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa. Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no, ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ. Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mihu Awurade m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim. Eyi nti me koma tɔɔ me yam, na me tɛkrɛma ho san no; na me honam nso bɛda anidaso mu, efisɛ worennyaw me kra Asamando, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw. Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me. Anuanom, momma me kwan na menka agya panyin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne damoa wɔ yɛn nkyɛn ha de besi nnɛ. Na sɛ ɔyɛ odiyifo, na onim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asen mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahengua so nti, ohuu eyi siei, na ɔkaa Kristo sɔre ho asɛm sɛ: Wɔannyaw no Asamando, nanso ne honam anhu porɔw. Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo. Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu. Na Dawid ankɔ ɔsoro; nanso ɔno ara kae sɛ: Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo. Na wɔtee no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn? Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea. Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu! Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho. Na wokura asomafo no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara. Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafo no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne pii. Na wɔn a wogye dii nyinaa hyiaa faako, na wɔn nneɛma nyinaa yɛ kwasafode, na wɔtɔn wɔn ahonyade ne wɔn nneɛma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛnea ehia obiara. Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan, na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa. Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi. Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade; na ohuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefi hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborohunu ade. Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kae sɛ: Hwɛ yɛn! Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuwii sɛ ɔrebenya wɔn hɔ biribi. Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew! Na osoo ne nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne ne mpow mu yɛɛ den. Na ohuruw gyinae, na ɔnantewee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi hɔ a ɔnam, ohuruhuruw, na oyi Nyankopɔn ayɛ. Na ɔman no nyinaa huu no sɛ ɔnam na ɔreyi Nyankopɔn ayɛ; na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa. Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa. Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi? Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no. Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo. Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn. Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim. Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara. Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa. Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi Awurade anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw, Yesu Kristo no a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu. Na Mose nso kae sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no so ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na muntie nea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa. Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifo no, wɔbɛsɛe no afi ne man mu. Na adiyifo nyinaa, a efi Samuel so ne wɔn a wodidi so no, dodow a wɔkasae, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm. Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa. Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho. Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfo ne asɔrefi safohene ne Sadukifo baa wɔn so. Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufo mu sɔre wɔ Yesu din mu, na wɔkyeree wɔn de wɔn kosiei sɛ ade nkye; efisɛ na onwini adwo. Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na nnipa no dodow bɛyɛ sɛ mpemnum. Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem, ɔsɔfo panyin Hana ne Kaiafa, Yohane, Aleksanda ne dodow a wofi ɔsɔfo panyin abusua mu no ka ho. Na wɔde wɔn begyinaa mfinimfini bisae sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi? Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo! Sɛ nnɛ wobisa yɛn ɔyarefo yi yiyeyɛ ho asɛm sɛ dɛn na ama no adi mu a, mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi. Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti. Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu. Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee. Wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yare a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn. Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi guam hɔ mfi adi no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahu sɛnkyerɛnne a wɔnam wɔn so ayɛ; ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yentumi nsan. Na nea ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛw ɔman no mu ne sɛ: Ateɛteɛ na yɛbɛteɛteɛ wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio. Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn! Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate. Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa sɛnkyerɛnne yi wɔ ne ho no adi boro mfirihyia aduanan. Na wogyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ankasa fekuw mu, na wɔbɛkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no. Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. Na afei de, Awurade, hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm, bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi. Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm. Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode. Na asomafo no de tumi kɛse dii Awurade Yesu wusɔre ho adanse, na adom kɛse wɔ wɔn nyinaa so. Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no. Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no bae beguu asomafo no anan ase. Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔn asase bi, na woyii ti ade no bi siei, a ne yere nso nim, na wɔde ɔfa bi brɛɛ asomafo no. Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie? Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn. Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛse baa wɔn a wɔtee eyinom nyinaa so. Na mmerante no sɔre kyekyeree no, na wɔde no fii adi kosiee no. Na ɛbae sɛ ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a onnim nea asi no bae. Na Petro bisaa no sɛ: Motɔn asase no gyee saa anaa? Ka kyerɛ me! Na ose: Yiw, saa ara. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi. Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmerante no bae behuu no sɛ wawu no, wɔsoaa no fii adi kosiee no ne kunu nkyɛn. Na ehu kɛse kaa asafo mu no ne wɔn a wɔtee eyinom nyinaa. Na wɔnam asomafo no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de koma koro wɔ Solomon abrannaa so. Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛse. Na nnipa bebree a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree, bɛkaa Awurade asafo no ho. Na ɛma wɔde ayarefo fii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsuma atɔ wɔn mu bi so. Na nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu nnipa pii nso behyiae Yerusalem de ayarefo ne wɔn a ahonhom fi haw wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yare. Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho a wofi Sadukifo fekuw mu no nyinaa sɔree, na anibere nti wɔtow hyɛɛ asomafo no so de wɔn koguu kwasafo afiase. Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ: Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no. Na wɔtee no, wɔkɔɔ asɔrefi ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ baguafo ne Israel mma mpanyimfo nyinaa hyiae na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra. Na asomfo no kɔɔ hɔ na wɔanhu wɔn afiase hɔ no, wɔsan bɛkae sɛ: Afiase no de, yehui sɛ wɔato mu yiye pɛpɛɛpɛ, na awɛmfo no gyina akyiri apon no ano; nanso yehiɛe no, yɛanhu obiara wɔ mu. Na asɔrefi safohene ne asɔfo mpanyin no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ eyi bɛyɛ dɛn ni? Na obi bae bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefi rekyerɛkyerɛ ɔman no. Ɛnna ɔsafohene ne asomfo no fi hɔ kɔe kɔfaa wɔn bae, ɛnyɛ anibere so, efisɛ wosuro ɔman no sɛ anyɛ a, wobesiw wɔn abo. Na wɔde wɔn bae begyinaa wɔn gua no mu, na ɔsɔfo panyin no bisaa wɔn sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn so. Na Petro ne asomafo no buae sɛ: Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa. Yɛn agyanom Nyankopɔn nyan Yesu a mosɛn no dua so kum no no; ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakra ne bɔne fakyɛ. Yiw, yɛn nso yɛyɛ eyinom ho adansefo na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no nso yɛ. Na wɔtee no, etwiw wɔn na wotuu agyina sɛ wobekum wɔn. Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yiye nnipa yi ho wɔ nea mo ne wɔn rebedi yi ho. Na ɛnkyɛe na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔree, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wokum no, na wɔn a wotiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa. Oyi akyi no, Galileani Yuda sɔree kan nna no mu, na ɔtwee nkurɔfo bebree dii n’akyi; na ɔno nso wui, na wɔn a wotiee no nyinaa bɔ petee. Na afei de, mise mo sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko. Na wotiee no, na wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn. Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi sɛ Yesu ne Kristo no. Na nna no mu a asuafo no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenfo no mu tiaa Hebrifo no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no so. Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so. Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so; na yɛn de, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu. Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani. Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so. Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no. Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu. Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye, nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano. Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛe ma wɔkae sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Nyankopɔn. Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu. Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka. Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no. Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim. Na ɔsɔfo panyin no bisae sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buae sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so! Ɛnna ofii Kaldeafo asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wu akyi no, ɔma ofii hɔ bɛtenaa asase yi a mote so nnɛ yi so. Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba. Na nea Onyankopɔn kae ne sɛ: N’asefo bɛyɛ ahɔho ananafo asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirihyia ahannan. Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kae wɔn ho sɛ: Mebu wɔn ntɛn, na ɛno akyi no, wɔafi hɔ abɛsom me wɔ ha. Na ɔne no yɛɛ twetiatwa apam. Na ɔde saa woo Isak, na ne nnawɔtwe so no, otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanyin dumien no. Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi. Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado. Na ɔkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛse nso, na yɛn agyanom nnya aduan. Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kan. Na nea ɛto so abien no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso huu Yosef abusuafo. Na Yosef soma kohyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wosi nnipa aduɔsɔn anum no bae. Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui, na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɔda a Abraham de sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu. Na bɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no bere redu no, ɔman no dɔe, na wɔyɛɛ bebree Misraim kosii sɛ ɔhene foforo bi a onnim Yosef sɔree. Ɔno na ɔde anitew hyɛɛ yɛn nkurɔfo so, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔma wɔtotow wɔn mma nkokoaa gui, na amma wɔannya nkwa. Ɛbere no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no asram abiɛsa n’agya ofi. Na wɔtow no kyenee no, Farao babea kɔfaa no, na ɔtetew no de no yɛɛ ne ba. Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu. Na odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no. Na ohuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ogyee ne ti, na ɔtɔɔ nea wɔrehyɛ no so no, so were kum Misraimni no. Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu. Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne? Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no? Na asɛm yi nti Mose guanee na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ. Na mfirihyia aduanan dui no, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no wɔ sare so Sinai bepɔw ho, wɔ wura bi gyaframa mu. Na Mose hui no, anisoade no yɛɛ no nwonwa; na otwiw bɛnee sɛ ɔkɔhwɛ no, Awurade nne bae sɛ: Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoe, na wansi ne bo ankɔhwɛ. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi w’anan mpaboa; na nea wugyina ha yi yɛ asase kronkron. Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisi, na masian sɛ mibegye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim! Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hena na ɔde wo sii ɔpanyin ne ɔtemmufo no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa so somaa no sɛ ɔpanyin ne ogyefo. Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan. Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo. Oyi ne nea ɔne ɔbɔfo no wɔ asafo no mu sare so hɔ a ɔbɔfo no ne no ne yɛn agyanom kasae Sinai bepɔw so, na ogyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no. Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wotie no, na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim, na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn fi Misraim bae yi de, yennim nea ayɛ no. Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho. Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa? Mmom mofaa Molok ntamadan ne onyame Romfa nsoromma, ahoni a moyɛe sɛ mobɛsom wɔn; na mɛsoa mo makɔ Babel akyi noho. Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare so, sɛnea nea ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnea ade a ohui no te no. Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so. Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn. Nanso Salomo na osii ofi no maa no. Nanso nea ɔwɔ sorosoro no nte nea wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛnea odiyifo no ka sɛ: Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asase yɛ m’anan ntiaso; ɔdan bɛn na mubesi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea? Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa? Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ. Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no, mo a munyaa mmara no sɛnea abɔfo hyɛe no, nanso moanni so. Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so. Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa, na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa. Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so, na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase. Na wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom! Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so. Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko. Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii. Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase. Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no. Na Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Na nkurɔfo akuwakuw no tee na wohuu nsɛnkyerɛnne a Filipo yɛe no, wɔde koma koro yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkae no. Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee. Na anigye kɛse baa kurow no mu. Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn. Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no. Na wotiee no, efisɛ ɔde nkonyaayi no maa wɔn ho dwiriw wɔn akyɛ. Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no. Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Na wɔbae no, wɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛ wonnya Honhom Kronkron; efisɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu. Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wonyaa Honhom Kronkron. Na Simon hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ: Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya Honhom Kronkron. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde. Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim. Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo. Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo. Na Simon buae sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so. Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase. Na Awurade bɔfo kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafo fam ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan. Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre, na ɔresan akɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekan odiyifo Yesaia nhoma. Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho! Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa? Na ose: Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. Nso kyerɛw no mu asɛm a ɔrekenkan no ni: Wɔde no kɔe sɛ oguanten a wɔrekokum no, na sɛ oguammaa tɔ ne yifo anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no. N’ahobrɛase mu wobuu no ntɛnkyew. N’abusua nso hena na obetumi akyerɛ? Efisɛ woyii ne nkwa fii asase so. Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm? Na Filipo buee n’ano, na ogyinaa kyerɛwsɛm no ara so kaa no Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no. Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan? [Na Filipo se: Sɛ wode wo koma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan sa. Na obuae sɛ: Migye midi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba]. Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu sian kɔɔ asu no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu. Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan. Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea. Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn kɔsrɛɛ ne nkyɛn nhoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ohu nnipa bi saa gyidi kwan no mu a, sɛ wɔyɛ mmarima oo, mmea oo, ɔde wɔn hama mu aba Yerusalem. Na ɔnam nam, na ɔbɛn Damasko no, mpofirim ara, hann bi a efi soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae. Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛnna ose: Ɛyɛ wo hena, Awurade? Na ose: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Na mmarima a wɔne no nam no atotɔ mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no de, nanso wɔanhu obiara. Na Saulo sɔre fii fam, na n’ani tetewee no, wanhu hwee. Na wokurakura ne nsa de no kɔɔ Damasko. Na nnansa na onhu ade, nso onnidi na ɔnnom. Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehu mu sɛ: Anania! Na ose: Hwɛ, mini, Awurade! Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae, na wahu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato no so sɛ onhu ade. Na Anania buae sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm nnipa bebree anom sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefo wɔ Yerusalem, na ɛha yi nso wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa. Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim. Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu. Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. Na odidii no, ne ho yɛɛ no den. Na odii asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra. Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no. Na wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na wose: Ɛnyɛ oyi ne nea ɔsɛee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na eyi nti ɔbaa ha sɛ ɔbɛfa wɔn hama mu akɔma asɔfo mpanyin no anaa? Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no. Na nna bebree akyi no, Yudafo no dwenee ne ho sɛ wobekum no. Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛn kurow no apon ano awia ne anadwo sɛ wobekum no. Na n’asuafo no faa no anadwo de no too kɛntɛn mu faa ɔfasu so twetwee no sii fam. Na oduu Yerusalem no, ɔpɛe sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani. Na Barnaba faa no de no kɔɔ asomafo no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛnea ohuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛnea ɔde nnam kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko. Na ɔne wɔn dii ahyemfiri wɔ Yerusalem, na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm. Na ɔkasa kyerɛɛ Helenfo no, na ɔne wɔn gyee nkyinnye; na wɔhwehwɛe sɛ wokum no. Na anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso. Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe. Na ɛbae sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa so no, ɔbaa ahotefo a wɔte Lida no nso nkyɛn. Na obehuu onipa bi a ne din de Enea a wadi mfirihyia awotwe ne kɛtɛ so a ɔyare mmubui wɔ hɔ. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara. Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa huu no, na wɔdan baa Awurade nkyɛn. Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma. Na ɛbae sɛ nna no mu no, ɔyaree, na owui; na woguaree no de no kɔtoo abansoro dan mu. Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn. Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe. Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn. Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii. Na ɛbae sɛ ɔtenaa Yopa kyɛe kakra, Simon, nhomahyɛfo bi, nkyɛn. Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin. Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa. Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio! Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim. Na afei soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro. Ɔte Simon, nhomahyɛfo bi a ne fi wɔ mpoano no nkyɛn. Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu, na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn Yopa. Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien. Na ɔkɔm de no sɛ, na ɔpɛe sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduan no, n'ani wiaa no ma ɔkɔɔ tebea foforo mu, na ohuu ɔsoro sɛ abue, na ade bi a ɛte sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan resian aba no so, na wɔregyaa mu ato fam. Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa nyinaa bi wɔ. Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di! Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da. Na ɛnne no san baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade! Na eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa ade no kɔɔ ɔsoro bio. Na Petro regye ne mu akyinnye sɛ anisoade a ohui no ase ne dɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fi kwan gyinagyina abobow ano refrɛ, na wobisae sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa? Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo; na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnye, na me na mesomaa wɔn. Na Petro sian kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kae sɛ: Hwɛ, mene nea mohwehwɛ no no; adɛn nti na mobae? Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm. Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ofie yɛɛ wɔn hɔho. Na ade kyee no, Petro ne wɔn fi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe. Na ade kyee no, woduu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn. Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no. Na Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa. Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, owuraa mu, na okohuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew. Enti nso na mosoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano na maba yi. Afei mibisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me. Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim, na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim. Enti soma kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nhomahyɛfo Simon fi mpoano. Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yiye sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Onyankopɔn ahyɛ wo nyinaa. Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no. Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura. Mo ara munim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, efii ase Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no, Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho. Na yɛne nneɛma a ɔyɛe Yudafo asase so ne Yerusalem nyinaa ho adansefo; ɔno nso na wɔsɛn no dua so kum no. Ɔno na Onyankopɔn nyan no da a ɛto so abiɛsa; na ɔma oyii ne ho pefee kyerɛe, ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee; na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no. Ɔno na adiyifo nyinaa di ne ho adanse sɛ: Obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fakyɛ. Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so. Na gyidifo a wofi twetiafo mu a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛde no agu amanaman mufo nso so; efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo rekasa, na woreyi Nyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buae sɛ: So obi betumi asiw nsu ho kwan sɛ wɔmmmɔ eyinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa? Na ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi. Na asomafo ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no. Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafo no ne no gyee akyinnye sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafo mu, na wo ne wɔn akodidi yi? Na Petro fii ase bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmiako mmiako sɛ: Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn. Na migyen m’ani mehwɛɛ mu no, mihuu asase so ntɔteboa ne anworanworammoa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa wɔ mu. Na metee sɛ ɛnne bi se: Petro, sɔre kum di! Na mise: Dabida, Awurade, efisɛ biribiara a wokyi anaasɛ ɛho ntew nkɔɔ m’anom da. Na ɛnne no fi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade. Eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ ɔsoro bio. Na hwɛ, amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn fi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina ofi a mewɔ mu no ano. Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na minnnye hwee ho akyinnye. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fi. Na ɔkaa yɛn sɛnea ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro. Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fi nyinaa nam so benya nkwagye akyerɛ wo. Na mifii ase sɛ merekasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase no, ebeguu yɛn so no ara. Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no. Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛde koro no ara sɛ yɛn nso a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no a, mene hena a metumi masiw Onyankopɔn kwan? Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu. Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko. Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no. Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdan baa Awurade nkyɛn. Na wɔn ho asɛm yi duu asafo a ɛwɔ Yerusalem no asom, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkodu Antiokia. Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho. Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho. Na ofi hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo; na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo. Na nna no mu no, adiyifo bi fi Yerusalem baa Antiokia. Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no. Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn. Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no. Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade. Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo. Na ohui sɛ ɛsɔɔ Yudafo ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna; na ɔkyeree no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafo baanan a wɔwɛn bom saa ahorow anan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyi no, oyi no kɔkyerɛ ɔman no. Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ de, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpae maa no. Anadwo no ara a Herode rebeyi no akɔ no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no, na awɛmfo a wogyinagyina ɔpon ano no rewɛn afiase hɔ anibere so. Na hwɛ, Awurade bɔfo begyinaa ne nkyɛn, na ɔdan no mu hɔ haranee; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyan no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa gui. Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w'abɔso na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ sa. Na osee no sɛ: Fura wo ntama na di m’akyi! Na ofii adi dii n’akyi; na onnim sɛ nea ɔbɔfo no yɛe no yɛ ampa, efisɛ osusuwii sɛ ɔrehu n’ani so ade. Na wotwaa awɛmfo a wodi kan ne wɔn a wɔto so abien ho no, woduu dade pon a ɛde kɔ kurow no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wofii adi twaam borɔn biako so, na ntɛm ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ. Na Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Afei na mahu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfo abeyi me afi Herode nsam ne nea Yudafo retwɛn nyinaa mu. Na osusuw ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fi; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ho ano rebɔ mpae. Na ɔrebɔ abobow ano pon akyi no, abaawa bi a ne din de Rode ba betiei. Na ɔtee Petro nne no, anigye nti wammue ɔpon no, na otutuu mmirika kɔkae sɛ Petro gyina ɔpon no akyi. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte sa. Na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ne bɔfo! Na Petro da so bɔ pon no akyi ara; na wobuei no, wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn. Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo. Na ade kyee no, ahoyeraw a ɛbaa asraafo no mu nyɛ adewa sɛ dɛn ara na ayɛ Petro. Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, obisaa awɛmfo no nea ɛyɛe, na ɔhyɛe sɛ wonkokum wɔn. Na osian fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ. Afei Herode faa Tirofo ne Sidonfo ho abufuw; enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ ɔmannwoe mma wɔn, efisɛ ɔhene no asase so na wonya nnuan. Na da a wɔhyɛe dui no, Herode hyɛɛ n’ahentade, na ɔtenaa asenni agua so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Na ɔman no bɔɔ ose sɛ: Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa nne. Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfo bɛbɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔɔ mmoaa, na owui. Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛwee. Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wofii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho. Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo. Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan. Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro. Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo. Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu. Ɔno na na ɔka amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie. Na osumantuni Elima no (nso sɛnea ne din nkyerɛase te ara ne no) siw wɔn kwan, na ɔhwehwɛe sɛ ɔdan amrado no fi gyidi no ho. Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn kae sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusu nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, trenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛteɛ no kɔntɔn anaa? Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum beduruu no so ma okyini hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan. Na bere a amrado no huu nea asi no, ogye dii, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiriw. Na Paulo ne ne mfɛfo tu fii Pafo no, wɔbaa Perga a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho fii wɔn ho san kɔɔ Yerusalem. Na wɔn de, wofii Perga no, wotwaam baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase. Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka! Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamae sɛ: Israel mmarima ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie! Israel man yi Nyankopɔn na ɔpaw yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔho no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama so yii wɔn fii hɔ. Na ɛbɛyɛ sɛ mfirihyia aduanan na okura wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ dennan wɔn, sare so. Na ɔsɛee aman ason Kanaan asase so no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn. Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ mfirihyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufo de besii Odiyifo Samuel so. Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan. Na otuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na odii no adanse sɛ: Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa. Oyi asefo mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa. Nso Yohane kaa adwensakra asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba. Na Yohane reyɛ awie ne dwumadi no, ɔkae sɛ: Mususuw sɛ mene hena? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne nan ase mpaboa. Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn. Na esiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim no ne adiyifo nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wobuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu. Na wɔanhu ade biara a ɛfata owu wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wonkum no. Na wowiee nea wɔakyerɛw ne ho nyinaa no, woyii no fii dua no ho de no kɔtoo ɔda mu. Na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu, na nna bebree, oyii ne ho kyerɛɛ wɔn a wɔne no fi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefo ma ɔman no. Na yɛn de, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa, sɛ Onyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyan Yesu, sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo wo. Na sɛ onyan no fii awufo mu, na ɔrensan nkɔ porɔw mu bio no, ɔkaa no sɛɛ sɛ: Mede Dawid adonne a esi hɔ pintinn no bɛma mo. Enti nso ɔkae dwom foforo mu sɛ: Woremma wo kronkronni no nhu porɔw. Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw; nanso nea Onyankopɔn nyan no no anhu porɔw. Enti, anuanom, munhu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔnefakyɛ kyerɛ mo; na nneɛma a muntumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ogye di no di ho bem. Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ: Monhwɛ, mo fɛwdifo, na ɛnyɛ mo nwonwa na monyera; efisɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo bere so, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni. Na wofi hyiadan mu hɔ fii adi no, wɔsrɛe sɛ homeda foforo wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio. Na wɔn a wɔahyiam no paepaeem no, Yudafo ne wɔn a adan Yudafo nyamesurofo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Onyankopɔn dom no mu. Na homeda foforo dui no, ɛkaa kakraa bi na anka kurow mu no nyinaa behyiae sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm. Na Yudafo no huu nkurɔfo akuwakuw no, anibere nti wɔkasakasa tiaa nea Paulo reka no gyee no akyinnye, na wɔkaa abususɛm. Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn. Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano. Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii. Na Awurade asɛm no trɛwee asase no nyinaa so. Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so. Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium. Na asuafo no de, anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma. Na ɛbae sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafo hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafo ne Helafo pii gye dii. Na Yudafo asoɔdenfo no hwanyan amanaman mufo no ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne. Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Nanso kurom hɔfo no mu paee, ɔfa wɔ Yudafo no afa, na ɔfa nso wɔ asomafo no afa. Na abosonsomfo no ne Yudafo ne wɔn mpanyimfo no bɔɔ kirididi bae sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa na wɔasiw wɔn abo no, wohui, na woguan kɔɔ Likaonia nkurow Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so; na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no. Na ɔbarima bi wɔ Listra a ontumi nnyina n’anan so, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, na ɔnnantewee da. Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ohuruhuruwii, na ɔnantewee. Na nkurɔfo akuwakuw no huu nea Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kae Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asiansian aba yɛn nkyɛn. Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Herme, efisɛ ɔno na ɔka asɛm. Na Seus a n’asɔredan wɔ kurow no anim no sɔfo de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekye baa kurow no abobow ano pɛe sɛ ɔne nkurɔfo akuwakuw no de bɛbɔ afɔre. Na asomafo Barnaba ne Paulo tee no, wosunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ: Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Ɔno na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so; nanso wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam. Na nea wɔkae no, sɛ wɔamfa anyɛ ampa a, anka nkurɔfo akuwakuw no annyae wɔn afɔre no bɔ. Na Yudafo bi fi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wobetuu nkurɔfo akuwakuw no fo bɔne, na wosiw Paulo abo no, wɔtwee no fii kurow no mu susuwii sɛ wawu. Na asuafo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre kɔɔ kurow no mu. Na ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe. Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo na wɔdan nnipa bebree asuafo no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu. Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa. Na wotwaam Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. Na wɔkaa asɛm no wɔ Perga no, wobeduu Atalia. Na wofi hɔ faa nsu ani baa Antiokia, nea wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa maa adwuma a wɔakowie no. Na wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabue gyidi pon ama amanaman no. Na wɔne asuafo no tenaa hɔ kyɛe. Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa. Na afei akasakasa ne akyinnyegye dennen baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛe sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem. Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse. Na woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo ne mpanyimfo no gyee wɔn, na wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na ebinom a wofi Farisifo fekuw mu a wɔagye adi sɔree, na wose: Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so. Na asomafo ne mpanyimfo no behyiae sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi. Na wogyee ho akyinnye pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara munim sɛ mfiase no ara na Onyankopɔn paw me yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni. Na Onyankopɔn a onim komam no dii wɔn adanse maa wɔn Honhom Kronkron sɛnea ɔmaa yɛn nso no; wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam. Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔndua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafo no kɔn so? Na Awurade Yesu dom so mmom na yegye di sɛ wɔnam begye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso. Na nnipakuw no nyinaa yɛɛ komm, na wotiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ amanaman mu no. Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me! Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din. Eyi so na adiyifo no nsɛm si, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Eyinom akyi no mɛsan mabesi Dawid ntamadan a ahwe ase no bio, na masi nea wɔadwiriw no bio, na mama so bio. Na nnipa a aka no ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyi kwan Awurade a ɔma wohuu eyinom nyinaa fi wiase asefi no na ɔka. Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnhaw wɔn a wofi amanaman no mu adan aba Onyankopɔn nkyɛn no; na wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ: Wonyi wɔn ho mfi abosom akyidi ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui, ne mogya ho. Na efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda. Enti ɛyɛɛ asomafo ne mpanyimfo ne asafo mu no sɛ eye sɛ wɔpaw wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitiriw, na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no. Esiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi fi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani ahaw mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti, yɛde nokoro hyiae no, ɛyɛɛ yɛn sɛ eye sɛ yɛpaw nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo, nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn. Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara. Na ɛyɛɛ Honhom Kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye. Yekyia mo. Na afei wogyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiae no, woyii nhoma no mae. Na wɔkanee no, awerɛkyekye no nti wɔn ani gyei. Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den. Na wɔkyɛɛ hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a ɛsomaa wɔn no nkyɛn. Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ eye sɛ ɔntena hɔ ara. Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no. Na nna bi twaam no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsan nkɔhwɛ anuanom no, nkurow a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛnea wɔte. Na Barnaba kae sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho. Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho. Ɛnna akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsu ani kɔɔ Kipro; na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa no, osiim kɔe. Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den. Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani. Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. Ɔno na Paulo pɛe sɛ ɔne no kɔ, na Yudafo a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani. Na wɔretwam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn. Ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa. Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia. Na woduu Misia ntentenso no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. Enti wotwaa Misia ho baa Troa. Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn! Na ohuu anisoade no ara pɛ na yɛpɛe sɛ yɛkɔ Makedonia, efisɛ ɛyɛɛ yɛn ampa sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn. Ɛnna yesii hyɛn mu tu fii Troa de mmirikatene baa Samotrake. Na ade kyee no, yɛbaa Neapoli. Na yefi hɔ kɔɔ Filipi a ɛne Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw mu. Na yedii kurow yi mu nna kakra. Na homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asu bi ho baabi a yesusuwii sɛ wɔbɔ mpae hɔ. Na yɛtenaa ase no, yɛkasa kyerɛɛ mmea a wɔabehyia hɔ no. Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no. Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe. Na ɛbae sɛ yɛrekɔ asɔre no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom anya wɔn ho sɛ. Ɔno na odii Paulo ne yɛn akyi teɛɛm sɛ: Nnipa yi ne Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagye kwan. Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi. Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim. Na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔretane yɛn kurow yi ani, na wɔkyerɛ amanne bi a yenni ho kwan sɛ yegye anaasɛ yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo. Na nkurɔfokuw no nso sɔre hyɛɛ wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntade hyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn koguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfo no sɛ ɔmfa wɔn nsie yiye. Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn koguu afiase a ɛwɔ mfinimfini no mu, na ɔde wɔn anan bobɔɔ dua mu. Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei. Na mpofirim ara asasewosow kɛse maa afiase no nnyinaso wosowee, na amonom hɔ ara apon no nyinaa buebuei, na wɔn nyinaa ahama sansanee. Na afiasehwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebekum ne ho, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan. Na Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha. Na obisaa ɔkanea de mmirika bae, na ɔde ahopopo bɛhwee Paulo ne Silas anim, na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa? Na wose: Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa. Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa. Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuru no so, na ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara. Na ɔde wɔn baa ne fi, tow wɔn pon, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn. Na ade kyee no, asafohene no somaa asraafo bae sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ. Na afiasehwɛfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wonnyaa mo mma monkɔ; enti afei mumfi adi nkɔ dwoodwoo. Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn ntɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafo wɔ abɔnten so, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wɔpam yɛn kodɛɛ anaa? Dabida, na ma wɔn ankasa mmeyi yɛn. Na asraafo no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafo no, wosuroe. Na wɔbae bɛmaa wɔn dibem, na woyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu. Na wofii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Na wohuu anuanom no, wɔkyekyee wɔn werɛ, na wofii hɔ kɔe. Na wɔtwaa mu Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafo hyiadan wɔ. Na sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔyɛɛ Kyerɛw nsɛm no ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. Na ose: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no. Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafo Nyamesurofo no mu pii ne mmea mpanyin no mu fa kɛse. Na Yudafo a wɔannye anni no ani beree, na wɔfaa ahuhufo no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfo no bɔɔ bum behyiae, na wɔtanee kurow no ani, na wokotwaa Yasɔn dan ho hyiae hwehwɛe sɛ woyi wɔn fi adi de wɔn kɔma nkurɔfo no. Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yasɔn ne anuanom no bi kɔmaa kurow no mu mpanyimfo, na wɔteɛteɛm sɛ: Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso! Na Yasɔn agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaisare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu. Na nkurɔfo no ne ɔman mpanyin no tee eyi no, ɛhaw wɔn paa ara. Nanso wɔmaa Yasɔn ne wɔn a aka no dii agyinam maa wɔn, na wogyaa wɔn ma wɔkɔe. Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na woduu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. Nso Yudafo a ɛwɔ ha no yɛ animdefo sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa. Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafo mmea a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛse ara. Na Yudafo a wofi Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyan hɔfo no nso. Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo de, wɔtenaa hɔ. Na wɔn a wokogyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Na ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wosiim kɔe. Na Paulo retwɛn wɔn Atene na ohui sɛ kurow no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometew pa ara. Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne nyamesurofo no yɛ nhwehwɛ mu dennennen, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no no dii anobaebae. Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔpɔtɔnii yi se dɛn ni? Na ebinom se: Wayɛ sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm (efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no.) Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago na wobisaa no sɛ: Wubetumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforo yi ase? Efisɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn asom asɛm foforo. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ. Nso Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi. Na Paulo gyina Areopago mfinimfini kae sɛ: Atene mmarima, mahu sɛ mowɔ gyidi wɔ nneɛma pii mu dodo. Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛnea ehia no biribi. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa; na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa mu fi onipa biako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn tenabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛnea mo nnwontofo binom nso aka sɛ: Efisɛ n’abusua nso ne yɛn. Na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwinni a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi. Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene, efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni. Na wɔtee awufo sɔre no, ebinom dii fɛw, na ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio. Enti Paulo fii wɔn mu kɔe. Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wogye dii; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopagita ne ɔbea bi a ne din de Damari ne binom a wɔka wɔn ho. Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ ɔne no adwuma yɛ biako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; efisɛ wɔyɛ ntamadanyɛfo. Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di. Na Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no. Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu. Ɛnna ofii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. Na hyiadan mu panyin Krispo ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii, na Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu. Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano! Efisɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu. Na ɔtenaa hɔ afe ne asram asia kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu. Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim kae sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn. Na Paulo yɛe sɛ ɔrebebue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: Yudafo, sɛ ɛyɛ ade a ɛnteɛ anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ mitie mo; na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi de a, ɛnne mo ara monhwɛ! Na me de, merenyɛ saa nsɛm yi temmufo. Na ɔpam wɔn fii asɛnnii hɔ. Na Helafo no nyinaa faa hyiadan mu panyin Sostene hwee no asɛnnii hɔ, nanso Galio ammu eyinom biara. Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛe kakra ara yiye no, ɔkraa anuanom no, na ofii hɔ faa nsu ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na oyii ne ti wɔ Kenkrea; efisɛ na wadi nsew. Na wɔbaa Efeso, na ogyaw wɔn hɔ; na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo kɔyɛɛ nhwehwɛ mu dennennen. Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra no, wampene. Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani. Na osii fam Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no, na ɔsan kɔɔ Antiokia. Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den. Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso. Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ hyew Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim. Ofii ase de nnam kasae hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ. Na ɔpɛe sɛ ɔbɛsen kɔ Akaia, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔkyerɛw kotuu asuafo no fo sɛ wonnye no. Na oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii. Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no. Na ɛbae sɛ bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so na obeduu Efeso; na ɔbɛtoo asuafo bi no, obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi. Na obisaa wɔn sɛ: Ɛdɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛe? Na wose: Yohane asubɔ mu. Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni. Na wɔtee no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu. Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm. Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumien. Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Nanso ebinom koma yɛ den, na wontie, na wɔkasa ɔkwan no ho bɔne nnipakuw no anim nti, ogyaw wɔn hɔ yii asuafo no fii wɔn mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa. Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm. Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne a wɔnka, na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu. Ɛnna Yudafo bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so. Yudani sɔfo panyin Skewa mma baasɔn bi na ɛyɛɛ saa. Na honhommɔne no buae sɛ: Minim Yesu, na minim Paulo, na mone henanom? Na onipa a honhommɔne no wɔ no mu no tow hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagyaw ne opira guanguan fii ofi no mu. Na Yudafo ne Helafo a wɔte Efeso nyinaa tee no, ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse. Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm. Na wɔn a na wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum. Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no. Na wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ose: Midu hɔ a, akyiri yi etwa sɛ mikohu Roma nso. Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra. Ɛbere no ara mu sakasaka a ɛbae ɔkwan kuw no ho nyɛ adewa. Ɛne sɛ dwetɛdwumfo bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛso ma adwumfo nya mfaso kɛse boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bi no ano kae sɛ: Awuranom, munim sɛ adwinni yi mu na yenya yɛn ho. Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame. Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no. Wɔtee no, wɔn bo fuwii pa ara, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse! Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no. Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔhyɛn nkurɔfokuw no mu, nanso asuafo no amma no kwan. Na Asia mpanyimfo bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛe hɔ. Afei na ebinom teɛm sɛɛ, na afoforo nso teɛm sɛɛ, efisɛ gua no ayɛ sakasaka, na ɔfa kɛse no ara nnim dekode a enti wobehyiae. Afei nnipa bi pempem Aleksanda sɛ ɔnkasa, efisɛ ɔno na Yudafo no de no adi wɔn anim. Na Aleksanda nyamaa nkurɔfokuw no pɛe sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no. Nanso wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse! Na ɔkyerɛwfo no pataa nkurɔfokuw no sɛ: Efesofo, onipa bɛn po na onnim sɛ Efeso kurow yɛ Artemi kɛse asɔrefi ne ohoni a efi Seus so bedurui no so hwɛfo? Na obiara nnye eyi ho akyinnye nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuw nnyɛ biribi. Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefi ho fi na wɔnkaa mo bosombea ho abususɛm. Enti sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnnii ne amradofo wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro. 17 Na sɛ mohwehwɛ nsɛm foforo ho biribi a, wobedi no baguam sɛnea mmara te. Na anhwɛ a, yebenya nnɛ sakasakayɛ yi ho amane, efisɛ sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yenni asɛm biara a yɛde betumi akyerɛ gyegyeegye yi ase. Na ɔkaa saa no, ɔmaa gua no tui. Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia. Na ɔkɔfaa hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela. Na odii hɔ asram abiɛsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, Yudafo retɛw no nti, ɔpatuw san bɛfaa Makedonia. Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho. Eyinom dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. Na yɛn nso, Apiti nna twaam no, yefii Filipi faa nsu ani, na yɛde nnannum beduu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yedii nnansɔn. Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum. Na akanea bebree wɔ abansoro no so faako a yɛahyiam hɔ. Na aberante bi a ne din de Eutiko te mfɛnsere ano ada hatee, na esiane sɛ Paulo kasa kyɛe nti, ɔtɔɔ nko fii abansoro a ɛto so abiɛsa no so hwee ase, na wɔmaa no so no, na wawu. Na Paulo sian kobutuw no so, na ɔyɛɛ no atuu kae sɛ: Monnhaw mo ho, na nkwa da so wɔ ne mu. Na ɔforo bae, na obubuu abodoo na odii no, ɔtoaa so kasae ara kosii adekyee, na ofii hɔ kɔe. Na wɔde abofra no bae anikan, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekye kɛse. Na yedii kan kɔɔ hyɛn mu faa nsu ani kɔɔ Aso sɛ yɛkɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛnea ɔhyehyɛe ne no, efisɛ ɔkae sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ. Na ɔne yɛn hyiae Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene. Na yetu fii hɔ, na ade kyee no, yebeduu Kio ntentenso; na n’adekyee bio no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yeduu Mileto. Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da. Na ofi Mileto soma kɔɔ Efeso kohyiaa asafo no mu mpanyimfo. Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu, na mede ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa me so Yudafo pɔw bɔne a wɔbɔɔ me ho mu mesom Awurade. Na mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu, na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo. Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ, gye sɛ Honhom Kronkron di me adanse nkurow nyinaa mu ka sɛ ɔkyere ne amane twɛn me. Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no. Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio. Enti nnɛ midi mo adanse sɛ me ho afi mo nyinaa mogya ho; efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo. Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye. Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi. Enti monwɛn, monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da. Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu. M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade. Mo ankasa munim sɛ, nea ehiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae. Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye. Na ɔkaa saa no, ɔkotow ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpae. Na wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano. Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu. Na ɛbae sɛ yɛne wɔn dii ntetewmu no, yesiim nam nsu ani tee baa Ko, na n’adekyee no, yeduu Rodo, na yefi hɔ baa Patara. Na yehuu hyɛn bi a ɛrekɔ Foenike no, yɛkɔɔ mu, na yetui. Na yɛn ani tua Kipro no, yegyaw too benkum kɔɔ Siria, na yekosii fam wɔ Tiro; efisɛ ɛhɔ na hyɛn no rekoyi n’adesoa agu. Na yekohuu asuafo no no, yɛtenaa hɔ nnansɔn, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae. Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ hyɛn mu, na wɔsan kɔɔ fie. Na yefi Tiro faa nsu ani beduu Ptolemai; na yekokyiaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro. Na ade kyee no, yefi hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔka baasɔn no ho fi kɔtenaa ne nkyɛn. Na ɔwɔ mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm. Na yedii hɔ nna kakra no, odiyifo bi a ne din de Agabo fi Yudea bae; na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa. Na yɛtee eyinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ. Na ɔmpene yɛn no, yegyae kae sɛ: Nea Awurade pɛ nyɛ hɔ. Na nna no akyi no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem. Na Kaesarea asuafo no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnasɔn, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dedaw, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ. Na yeduu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛw so. Na ade kyee no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakob nkyɛn, na mpanyimfo no nyinaa baa hɔ bi. Na okyiaa wɔn no, ɔkaa nea Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu mmiako mmiako kyerɛɛ wɔn. Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden. Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wonnyaw Mose, na woka sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amanne no so. Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba. Enti yɛ nea yɛreka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nsew. Fa wɔn na wo ne wɔn nkodwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhu sɛ wo ho nsɛm a wɔtee no biara nnim, na mmom wo ankasa nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so. Na amanaman a wɔagye adi no ho de, yɛakyerɛw na yɛabu ntɛn sɛ wonyi wɔn ho mfi abosom afɔre ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ ho. Ɛnna Paulo faa mmarima no, na n’adekyee a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi sɛ ɔkɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wobewie no, na wɔabɛbɔ afɔre ama wɔn nyinaa mmiako mmiako. Na nnansɔn no reyɛ adu no, Yudafo a wofi Asia no huu no asɔrefi no, wɔhwanyan nnipa a ahyia hɔ no nyinaa ma wosusoo no mu teɛɛm sɛ: Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi. Nso wohuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ kan, enti wosusuwii sɛ Paulo de no akɔ asɔrefi hɔ. Na kurow no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfo no de mmirika bɛboaa wɔn ho ano; na wosusoo Paulo mu twee no fii asɔrefi hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apon no mu. Na wɔrehwehwɛ akum no no, asɛm no koduu asraafo apem so safohene no asom sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka. Na ntɛm ara ɔfaa asraafo ne ɔha so panyin, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wohuu ɔsafohene ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe. Ɛnna ɔsafohene no kɔ kosoo no mu, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no, na obisaa no onipa ko a ɔyɛ ne nea wayɛ. Na nkurɔfokuw no mu binom teɛɛm sɛɛ, na ebinom nso teɛɛm sɛɛ. Na sakasaka no nti ontumi nhu mu nokware no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu. Na oduu ntrapoe no so no, na nkurɔfokuw no ani abere nti, asraafo no soaa no, na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi teɛɛm sɛ: Yi no hɔ! Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, obisaa ɔsafohene no sɛ: So mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ wo? Na ose: Wunim Hela kasa anaa? So ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifo mpemnan kɔɔ sare so no? Na Paulo kae sɛ: Meyɛ Yudani a mifi Tarso, Kilikia kurow a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no. Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ: Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi! Na wɔtee sɛ ɔkasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ose: Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi. Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owu mu. Mekyeree mmarima ne mmea, na miyii wɔn ma wɔde wɔn koguu afiase, sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso. Na ɛbae sɛ menam ɔkwan no so na mebɛn Damasko no, ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, mpofirim hann kɛse bi fi soro hyerɛn betwaa me ho hyiae. Na mehwee fam, na metee nne bi a ese me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? Na mibuae sɛ: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no. Na wɔn a wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nea ɔne me kasa no nne. Na mekae sɛ: Dɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm. Na hann no anuonyam amma manhu ade nti, wɔn a wɔne me nam no susoo me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko. Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea mmara te a Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa baa me nkyɛn begyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hu ade! Na ɛdɔn no ara mu memaa m’ani so mihuu no. Na ɔkae sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hu ne pɛ a ɔpɛ, na hu ɔtreneeni no, na te nankasa nne. Na wobɛyɛ ne dansefo, na woadi nea woahu na woate ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa. Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din! Na ɛbae sɛ mesan mebaa Yerusalem na merebɔ mpae asɔrefi no, m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na mihuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ wɔrennye w’adanse a wubedi me ho no. Na mekae sɛ: Awurade, wɔn ara wonim sɛ wɔn a wogye wo di no, mede wɔn miguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu. Na wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na me nso migyina ho, na mepene so, na mehwɛɛ wɔn a wokum no no ntade so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu. Na wotiee no beduu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi fi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase. Na wɔreteɛteɛm na wɔretow wɔn ntama gu, tu mfutuma gu ahun mu no, ɔsafohene no hyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu kae sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na onhu dekode a enti wɔbom gu no so yi. Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa? Na ɔha so panyin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani. Na ɔsafohene no bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na ose: Yiw. Na ɔsafohene no buae sɛ: Me de, ɔmammayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔe. Na Paulo se: Me de, wɔde woo me. Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebebisa no no fii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, osuroe sɛ wakyere no. Na ade kyee no, ɔpɛe sɛ ohu dekode a enti Yudafo toto n’ano no mu nokware nti, ɔsan no fii ne nkyehama mu, na ɔhyɛe sɛ asɔfo mpanyin ne wɔn baguafo nyinaa mmra, na ɔma wɔde Paulo bae begyinaa wɔn anim. Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi. Na ɔsɔfo panyin Anania hyɛɛ wɔn a wogyina ne ho no sɛ wɔmmɔ n’ano so. Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔayɛ ho fitaa; na wote hɔ rebu me ntɛn sɛnea mmara no te, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me? Na wɔn a wogyina ho no kae sɛ: Onyankopɔn sɔfo panyin na woyaw no yi? Ɛnna Paulo kae sɛ: Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho asɛmmɔne! Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi. Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifo ne Sadukifo no ntam, na nnipakuw no mu paee. Efisɛ Sadukifo ka sɛ awufo sɔre anaa abɔfo anaa ahonhom nni hɔ, na Farisifo de, wogye ne nyinaa di. Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ? Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo nti, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian mmehuam no wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu. Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma. Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa. Na wɔn a wɔbɔɔ mu pam ne tiri so no bɛboro aduanan; na wɔbaa asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa. Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no. Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛw no, ɔkɔe kɔhyɛn aban no mu koyii Paulo asotiri. Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no. Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo. Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me? Na ose: Yudafo no adwene ho sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo aba gua mu sɛnea wɔrebebisa ne ho asɛm mu yiye. Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan. Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberante no kwan na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotiw! Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare. Na wonsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so mfa no dwoodwoo nkɔma amrado Felike. Na ɔkyerɛw nhoma a emu asɛm se: Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike. Ɔbarima yi a Yudafo kɔfaa no sɛ anka wobekum no na me ne dɔm kɔe kogyee no no, mate sɛ ɔyɛ Romani. Na mepɛe sɛ anka mihu dekode a wɔde reto no so no, mede no mekɔɔ wɔn gua mu; na mihui sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkurobɔ, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere anto no so. Nanso wɔayi me asotiw sɛ nnipa bi retɛw ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfo no nso sɛ wɔmmɛka nea wɔwɔ wɔ ne ho no w’anim. Ɛnna asraafo no faa Paulo, sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no. Na ade kyee no, wɔmaa apɔnkɔfo no ne no kɔe, na wɔsan baa aban no mu bio. Na wɔn de, woduu Kaesarea na woyii nhoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kogyinaa n’anim. Na amrado no kenkan nhoma no wiei na obisaa ɔman ko a ofi mu na ɔtee sɛ ofi Kilikia no, ɔkae sɛ: Wo nkurobɔfo no ba a, na metie wo. Na ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu. Na ne nnannum so no, ɔsɔfo panyin Anania ne mpanyimfo no ne ɔkyeame bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ amrado no. Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo fii ase bɔɔ nkuro sɛ: Esiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoe bebree ne ntotoe a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti, Felike, onuonyamfo, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa. Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo bere pii nti, mesrɛ wo, fa wo ankasa ayamye so tie yɛn kakra. Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin. Na ɔsɔ hwɛe sɛ ɔde efi bɛka asɔrefi nso. Na yɛkɔkyeree no. [Na anka yɛpɛe sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no ntɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de abransɛm dennen begyee no yɛn nsam de no kɔe;] na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkurobɔ no sɛ wɔmmra wo nkyɛn; enti wo ankasa wubisa no a, wubehu nea enti a yɛne no bɔ nkuro yi nyinaa. Na Yudafo no nso foaa no nsɛmmoa sɛ nsɛm yi te sa. Na amrado no nyamaa Paulo sɛ ɔnkasa no, obuae sɛ: Esiane sɛ minim sɛ wufi yɛɛ ɔman yi temmufo adi mfirihyia pii nti, mede koma pa mereyi m’ano. Wubetumi ahu sɛ ɛmmoro dadu nnanu a mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre. Na wɔanhu me asɔrefi anaa hyia adan mu anaa kurom hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ mehwanyan nkurɔfo no, nanso wɔrentumi nkyerɛ me nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi ase. Na eyi de, mepaem meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuw no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na migye nneɛma a wɔakyerɛw mmara ne adiyifo mu nyinaa midi. Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba. Na eyi mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ menya ahonim a enni fɔ Onyankopɔn ne nnipa fam daa. Na mfirihyia bebree akyi no, mebae sɛ mede ayɛyɛde mebrɛ me man na mabɛbɔ afɔre; ɛno mu na wohuu me sɛ meredwira me ho asɔrefi hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuw anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye bi. Na ɛyɛ Yudafo bi a wofi Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro. Anaasɛ eyinom nka sɛ migyina baguafo no anim no, wohuu me ho ade a ɛnteɛ bi anaa, gye asɛm biako yi a migyina wɔn mu no, meteɛɛm mekae sɛ: Awufo sɔre ho na morebu me ntɛn nnɛ yi. Na Felike huu Ɔkwan no ho asɛm no mu yiye no, ɔsan wɔn ansa sɛ: Sɛ ɔsafohene Lisia ba a, na metie asɛm no mu yiye. Na ɔhyɛɛ asraafo ha so panyin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribi, na ne ho nnipa no bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no. Na nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo, na wotiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm. Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo. Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ. Na mfirihyia abien dui no, Porkio Festo besii Felike ananmu; na Felike pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, ogyaw Paulo afiase hɔ. Na afei Festo baa ne man a odi so amrado no mu, na nnansa akyi no, ofi Kaesarea kɔɔ Yerusalem. Na asɔfo mpanyin ne Yudafo no bɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw srɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛw no ɔkwan mu akum no. Na Festo buae sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ankasa akɔ hɔ. Na ɔkae sɛ: Enti momma mo mu atitiriw ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro. Na odii wɔn nkyɛn bɛboro nnawɔtwe anaa dadu no, osian kɔɔ Kaesarea. Na ade kyee a ɔkɔtenaa asɛnni agua so no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa Paulo mmra. Na ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wontumi nkyerɛ ase. Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafo mmara anaa asɔrefi anaa Kaesare ho bɔne bi ɛ. Na Festo pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, obuaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nneɛma yi ho ntɛn m’anim wɔ hɔ? Na Paulo kae sɛ: Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me ntɛn, na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ, sɛnea wo nso wunim yiye. Na sɛ midi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owu a, menhwehwɛ sɛ owu no bɛpare me; na sɛ nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi biara nnim a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wo nsa. Mede asɛm no medan Kaesare. Ɛnna Festo ne baguafo no kasae no, obuae sɛ: Wode akɔdan Kaesare a, Kaesare nkyɛn na wobɛkɔ. Na nna bi twaam no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bekyiaa Festo. Na wɔkyɛɛ hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike gyaw no mpokyerɛ mu; na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo bɛbɔɔ ne ho nkuro kyerɛɛ me srɛɛ me sɛ mimmu no ntɛn. Na mibuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wobeyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfo no ne nea wɔne no wɔ nkuro no ahyia, na wanya ɔkwan ayi nea wɔde ato no so no ano ansa. Enti wobehyiaa ha no, mantwe asɛm no manto hɔ, na ade kyee no, mekɔtenaa asɛnni agua so, na mehyɛe sɛ wɔmfa onipa no mmra. Na ne nkurobɔfo no begyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a misusuwii no biara angu no so, na mmom wɔn ankasa nyamesom ho akyinnye bi na wɔne no gyei, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ ɔte ase. Na esiane sɛ minhu sɛnea mɛhwehwɛ saa akyinnyegye yi mu nti, mibisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakobu no nsɛm yi ho atɛn anaa? Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nsie ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Eyi nti mehyɛe sɛ wɔmfa no nsie kosi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim. Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ mitie onipa no. Na ose: Ɔkyena wubetie no. Enti ade kyee no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔw bae, na wɔne asafohene ne kurom hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ nea wotie asɛm no, na Festo hyɛe no, wɔde Paulo bae. Na Festo kae sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahu nea Yudafo nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no. Mahu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu, nanso ɔno ankasa de asɛm no akɔdan Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ. Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw. Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani no bɛkɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato no so. Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ: Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho, ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me. M’asetena a efi me mmofraase no de, sɛnea efii ase na ɛte me manfo mu wɔ Yerusalem no, Yudafo nyinaa nim. Na wonim me fi mfiase dedaw, nso sɛ wɔpɛ sɛ wodi ho adanse a, wonim me sɛ mefraa Fekuw a wodi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu mebɔɔ me bra sɛ Farisini. Na afei migyina ha na wɔrebu me ntɛn Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no ho anidaso nti. Ɛno ara na yɛn mmusuakuw dumien no de awia ne anadwo som a emu yɛ den ma wɔn ani da so sɛ wobenya; ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo toto m’ano yi. Adɛn nti na mubu eyi asɛm a wonnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo? Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din; ɛno nso na meyɛe Yerusalem, na minyaa asɔfo mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo bebree miguu afiase. Na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi. Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn ma wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so dodo nti, metaa wɔn koduu ananafo nkurow so. Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfo mpanyin ama me tumi ne ɛho kwan. Na owigyinae, ɔhene, ɔkwan so no, mihuu hann bi a ɛkyɛn owia haran sɛ efi soro betwaa me ne wɔn a wɔne me nam no ho hyiae. Na yɛn nyinaa hwehwee ase no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti. Na mise: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na Awurade kae sɛ: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo. Na megye wo mafi ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam, na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu. Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden, na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra. Eyi nti na Yudafo bɛkyeree me asɔrefi pɛe sɛ wokum me. Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no: Sɛ Kristo no behu amane, na wadi awufo sɔre mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufo. Na oyii n’ano saa no, Festo de nne kɛse kae sɛ: Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam. Na ose: Memmɔɔ dam ɛ, Onuonyamfo Festo, na meka nokware ne anidahɔ nsɛm. Na ɔhene a mede nnam meka asɛm mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na migye midi sɛ eyinom biara nhintaw no, efisɛ wɔanyɛ eyi kokoam. Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye di. Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode bere kakraa bi ma medan okristoni anaa? Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu. Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔree, na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wosisee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu anaa ɔkyere. Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdan Kaesare a, anka wobetumi agyaa no. Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu. Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho. Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no. Na yetu fii hɔnom no, yɛfaa Kipro ase ase, efisɛ mframa hyiaa yɛn. Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po so no, yekogyinaa Likia kurow Mira ho. Ɛhɔ na asraafo ha so panyin no huu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn koguu mu. Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho. Na yɛnam ano ano resan no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛredu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-agyinaye a Lasea kurow bɛn ho. Na esiane sɛ na bere kɔ pii, na mmuadadi bere no atwam dedaw na, nsu ani fa ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo see wɔn sɛ: Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi. Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no. Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ. Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete. Na ankyɛ, na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Atifi-apuei-mframa faa Krete so bɛbɔe; na ɛkyeree hyɛn no na entumi nhyia mframa no no, yɛma ɛtwee yɛn. Na yɛde mmirika kɔfaa supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ase no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yesusoo ɔkorow no mu. Na wɔmaa so no, wɔboa kyekyeree hyɛn no; na wosuroe sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wohuan hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa. Na mframa no bɔe dennen de yɛn kyinkyinii, na ade kyee no, wɔtotow hyɛn no mu nneɛma bi gui. Na ne nnansa so no, wɔde wɔn ankasa nsa totow hyɛn no ho nneɛma no kyenee. Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpuei, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagye ho anidaso nyinaa yerae. Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi. Na afei mitu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara kra renyera, gye hyɛn yi. Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn kae sɛ: Paulo, nsuro! Etwa sɛ wokogyinaa Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo. Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na migye Onyankopɔn midi sɛ ɛbɛyɛ sɛnea wɔaka akyerɛ me no; nanso etwa sɛ yekogu supɔw bi so. Na dadu nnanan dui na yɛredi akɔneaba Adria po so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔdasum na hyɛn no mu adwumayɛfo no hui sɛ wɔrebɛn asase bi. Na wɔtow susuhama, na wohui sɛ esi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtowee bio, na wohuu no abasam dunum. Na wosuroe sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtow asɛkyɛ anan fi hyɛn no to twɛn adekyee. Na esiane sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no hwehwɛ aguan afi hyɛn no mu nti, wogyaa ɔkorow no mu too po mu yɛe sɛnea wɔrekɔtow sɛkyɛ afi hyɛn no ti nso no, Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa. Ɛnna asraafo no twaa ɔkorow no ntampehama no, na wɔma ɛkɔe. Na ade rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano ɛ. Enti mesrɛ mo sɛ munnidi, na ɛno nso begye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi biako po rentɔ fam. Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii. Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi dii. (Na yɛn a yɛwɔ hyɛn no mu nyinaa si akra ahanu aduɔsɔn asia.) Na wodidi mee no, wɔtow aduan no guu po mu maa hyɛn no yɛɛ hare. Na ade kyee no, na wonnim asase no. Na wohuu dɔnnɔn bi a ɛho mpoano da hɔ; ɛno mu na wosusuwii sɛ wobetumi a, wɔbɛtwe hyɛn no akɔ. Na wotwaa asɛkyɛ no ahama mu gyaa mu guu po mu, na wɔsan akyerɛkyerɛkwan no ahama, na wosii suhyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔe no pia kɔɔ mpoano. Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no. Na asraafo no tuu agyina sɛ wobekum nneduafo no, na obi anguare anguan. Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam. Na wɔn a aka no de, ebinom butubutuw ntaaboo so, na ebinom nso butubutuw suhyɛn nnua asinasin no bi so. Na sɛnea ɛyɛe na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no. Na yefii mu fii no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔw no Malta. Na ɛhɔfo pɔtɔfo no yɛɛ yɛn adɔe pii a ɛmma ɔka; na osu a ɛretɔ ne awɔw no nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa. Na Paulo boaboaa mmobaa ano de guu gya no so no, ɔhyew no nti, ahurutoa bi fii mu bɛkyekyeree ne nsa ho. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu aboa no sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudifo a wanya nkwa afi po mu de, nanso aweredi nti, ɛmma onnya nkwa. Na ɔpetee aboa no too gya mu, nso hwee anyɛ no. Na wɔn de, anka wɔn ani wɔ so sɛ ɔrebɛhonhon anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛe na wohui sɛ biribi anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae sɛ gyama ɔyɛ onyame bi. Nso ɛhɔnom ara na supɔw no so otitiriw a ne din de Publio no asase wɔ; na ogyee yɛn yɛɛ yɛn hɔho nnansa hwɛɛ yɛn yiye. Na ɛbae sɛ Publio n’agya da hɔ yare atiridii ne ayamhwie; enti Paulo kɔɔ no nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae de ne nsa guu no so saa no yare. Eyi akyi no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare. Wodii yɛn ni pii, na yefi hɔ rekɔ no, wɔde nneɛma a ehia yɛn no brɛɛ yɛn. Na asram abiɛsa akyi no, yesii Aleksandria hyɛn bi a abedi awɔw bere supɔw no so a n’agyirae ne Ata-ne-ata no mu kɔe. Na yekogyinaa Sirakuse no, yedii hɔ nnansa. Ɛhɔ na yefi de kɔntɔn koduu Regio, na dafua akyi no, anafo mframa bɔe, na n’adekyee no, yekoduu Puteoli. Ɛhɔ na yehuu anuanom bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnansɔn; na yefii hɔ koduu Roma. Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam. Na yeduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena nea ɔpɛ. Na ɛbae sɛ nnansa akyi no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw no hyiae; na wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, menyɛɛ biribi mintiaa ɔman anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛe sɛ anka wogyaa me, efisɛ menyɛɛ akunne biara. Nanso Yudafo kasa tiae nti, na etwa sɛ mede m'asɛm kɔdan Kaesare, ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkurobɔ bi. Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yennyaa wo ho nhoma bi mfii Yudea ɛ, nanso anuanom no mu biara mmae mmɛbɔɔ kaseɛ anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi ɛ. Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa. Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa. Na ebinom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni. Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ: Kɔ ɔman yi nkyɛn na kɔka sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase, na ohu nso, mubehu, na morenhu mu. Na ɔman yi koma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare. Enti munhu sɛ wɔama wɔde Onyankopɔn nkwagye no akɔma amanaman mufo no; na wɔbɛte. [Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafo no kɔe, na wogyigyee akyinnye pii wɔn mu]. Na mfe abien kusuu na ɔde tenaa n’ankasa fi a otua ka no mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan. Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siee kyerɛw nsɛm kronkron mu, wɔ ne ba a ɔhonam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti; na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo de nso ka ho; Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo. Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa. Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu, na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi onnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn. Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom adom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu. Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede besie mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasiw me kwan abesi sesɛɛ), na manya mo nso mu aba bi, sɛ amanaman a aka no. Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wɔyɛ adweneharefo no ka; ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso. Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa, Yudafo kan ne Helafo nso. Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa. Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan. Efisɛ Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. Na Nyankopɔn ho ade a wɔnhu, efi bere a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nneɛma a wɔayɛ no dedaw no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyi biara; efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma. Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea, na wɔsakraa Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔw honi sɛso, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea de. Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa afide wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wongu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu; efisɛ wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro, na wɔsɔre somm abɔde sen Ɔbɔadeɛ a wohyira no daa no. Amen. Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam nkitahodi yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu. Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata: Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo, nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu. Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so. Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn atemmu fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no so. Na, wo nipa a wubu wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no atɛn na woyɛ saa ara no, wususuw sɛ wubeguan Nyankopɔn atemmu? Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu? Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no. Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako. Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow, ne ahometew bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafo kan ne Helafo nso. Na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa de, anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn, Yudafo kan ne Helafo nso bi. Na nnipa mu nyiyi mu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam. Na dodow a wonni mmara na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara nso ayera. Na dodow a wɔyɛ bɔne, mmara mu no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. Na ɛnyɛ mmaratiefo na wɔyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim, na mmom mmara sodifo na wobebu wɔn bem. Na amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso etwitwa gye wɔn, ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn sɛnea m’asɛmpa te no. Na sɛ wɔfrɛ wo Yudani, na wode wo ho tweri mmara, na wohoahoa wo ho Onyankopɔn mu, na wuhu nea ɔpɛ, na wugye nneɛma a eye pa ara no to mu, ɛnam sɛ wofi mmara mu kyerɛkyerɛ wo nti, na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifuraefo kwankyerɛfo, wɔn a wɔwɔ sum mu hann, nkwasea fotufo, nkokoaa kyerɛkyerɛfo, sɛ woakwadaw nimdeɛ ne nokware a ɛwɔ mmara no mu a, afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, ɛnna wuwia ade yi? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, na wosɛe aware yi? Wo a wukyi ohoni no, na wofow asɔrefi nneɛma yi? Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no ɛnyɛ nam na wonam mmarato so de Nyankopɔn anim twitwiw fam anaa? Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no. Na sɛ wudi mmara no so de a, twetiatwa ho wɔ mfaso; nanso woto mmara no de a, na wo twetiatwa no adan momonotoyɛ. Enti sɛ momonoto no di mmara mu nsɛntrenee so a, so wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa? Na nea wɔawo no momonoto a odi mmara no so pɛ no bebu wo a wunim akyerɛwee no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn! Na ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, na mmom Yudani pa ara ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne nea wɔayɛ no komam wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu, ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn. Afei dɛn na Yudani anya aboro so, anaasɛ twetiatwa ho mfaso ne dɛn? Ɛdɔɔso akwan horow nyinaa mu: Nea edi kan ne sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ahyɛ wɔn nsa. Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu anaa? Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nkonim. Na sɛ yɛn teɛ a yɛnteɛ yi na eyi Nyankopɔn trenee no kyerɛ a, yebese dɛn? Onyankopɔn nteɛ sɛ ɔde abufuw ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.) Dabida, sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bebu wiase atɛn dɛn? Na sɛ Onyankopɔn nokware da adi mmoroso wɔ m’atoro mu kɔ n’anuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfo, Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛnea wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse: ) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛnea ɛfata. Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ. Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa ayɛ nea mfaso nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ. Wɔn menewa yɛ ɔda a abue, wɔde wɔn tɛkrɛma daadaa; nhurutoa bɔre wɔ wɔn anofafa ase. Nnome ne ade nwenwene ahyɛ wɔn anom ma. Wɔn anan yɛ hare, mogyahwiegu ho, Pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu, na asomdwoe kwan de, wonnim. Onyankopɔn suro biara nni wɔn ani so. Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu. Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye. Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn trenee adi; ɛho adanse na mmara ne adiyifo di. Na ɛyɛ Onyankopɔn trenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidi so hyɛn wɔn a wogye di nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa so. Na nsonoe biara nni mu, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, na wɔde n'adom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa. Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne trenee no wɔ ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi. Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so. Enti na yebu sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidi na ebu onipa bem. Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara de? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi? Ampa, ɔyɛ amanaman mufo de nso. Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem. Ɛnne na yɛnam gyidi so tuu mmara no gui anaa? Dabida, na mmom yɛma mmara no ase atim. Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Na sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem a, ɛnne na ɔwɔ nea ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim. Na dɛn na kyerɛw no se? Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno sɛ trenee maa no. Na nea ɔyɛ nnwuma no de, wommu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no. Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no. Sɛnea Dawid nso ka sɛ nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu trenee ma no no dea, sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔn bɔne so akata. Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so. Ɛnne na nhyira yi ba twetiafo nko anaa momonotofo nso so? Efisɛ yɛka sɛ wobuu gyidi sɛ trenee maa Abraham. Na wobu maa no dɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafo mu, na mmom momonotoyɛ mu. Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso, na wayɛ twetiafo agya nso, a ɛnyɛ sɛ wofi twetiatwa mu nko, na mmom wotiatia yɛn agya Abraham gyidi a ɔwɔ, bere a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi. Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so. Na sɛ wɔn a wofi mmara mu no yɛ adedifo a, na gyidi no ayɛ kwa, na bɔhyɛ adan ohunu; efisɛ mmara no twe abufuw ba. Na nea mmara bi nni no, mmarato nso nni hɔ. Enti efi gyidi mu, sɛ emfi adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n'asefo no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wofi mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wofi Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya gyidi mu no nso bi, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufo bebree agya,) Onyankopɔn a ogyee no dii a onyan awufo na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no anim. Ɔno na faako a anidaso nni no, ogyina anidaso so gye dii, na wayɛ amanaman mufo bebree agya, sɛnea wɔaka no sɛ: Sɛnea w’asefo bɛyɛ ne no. Na wanyɛ mmerɛw gyidi mu anhwɛ ne nipadua sɛ wadi mfirihyia bɛyɛ ɔha nti anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no; na Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, wamfa ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso. Enti nso wobuu no sɛ trenee maa no. Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔakyerɛw eyi, sɛ wobuu no saa maa no, na mmom yɛn nso a yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di no, wobebu no saa ama yɛn; ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no. Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu. Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba. Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam. Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia anka obi besi ne bo sɛ obewu ama no. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu. Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu. Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi. Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa ara na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmmfa bɔne mmu nkontaa. Nanso owu dii hene fii Adam so besii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no sɛso sɛ bɔne mpo, odii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne nea ɔbɛba no nsusuwso. Na ɛnyɛ sɛnea mfomso no te na ɔdom akyɛde no nso te, efisɛ obiakofo mfomso nti nnipa bebree awu a, Onyankopɔn adom ne onipa biako a ɔne Yesu Kristo no adom akyɛde aboro so ama nnipa bebree akyɛn saa. Na ɛnyɛ sɛ nea ɛnam obiakofo a ɔyɛɛ bɔne no so bae no na akyɛde no te, na atemmu no fi obiakofo na ɛdan afobu, na adom akyɛde no fi mfomso pii mu na ɛdan bembu. Na sɛ ɛnam obiakofo no so na owu de obiakofo no mfomso dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so bedi ahene wɔ nkwa mu. Enti afei, sɛnea afobu nam obiakofo mfomso so baa nnipa nyinaa so no, sɛ nso nkwa bembu nam obiakofo trenee so baa nnipa nyinaa so ne no. Na sɛnea nnipa bebree no nam onipa biako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo no, sɛ nso bebree no nam obiakofo no setie so bɛyɛ atreneefo ne no. Na mmara no de ɛbae sɛ mfomso no nnɔɔso, na nea bɔne adɔɔso no, ɔdom aboro so akyɛn no. Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu. Enti afei yebeka dɛn? Yɛntena bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa? Dabida, yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu? Anaasɛ munnim sɛ yɛn mu dodow a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu anaa? Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu. Na sɛ wɔatɛw yɛn ne no wɔ ne wu mu a, ɛnne yɛnam ne wusɔre no so ne no bɛbom afifi. Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; efisɛ nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho. Na sɛ yɛne Kristo awu a, yegye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, na yenim sɛ Kristo a wonyan no fii awufo mu no renwu bio; owu renni no so bio. Na nea owui no, owu maa bɔne prɛko, na nea ɔte ase no, ɔte ase ma Onyankopɔn. Saa ara na mo nso mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu; nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode. Na bɔne renni mo so, efisɛ munni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase. Ɛnne na ɛdɛn? Yɛnyɛ bɔne, efisɛ yenni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabida. Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo anaa? Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no. Na moade mo ho afi bɔne ho yi, moabɛyɛ trenee nkoa. Mo honam mmerɛw nti na merekasa makyerɛ mo nnipa fam. Na sɛnea mode mo honam akwaa mae, de som efi ne mmaratode de kɔɔ mmaratode mu no, saa ara na afei momfa mo honam akwaa mma mfa nsom trenee nkɔ ahotew mu. Na bere a moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afi trenee ho. Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu. Na afei woayi mo ho afi bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa. Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu. Anaasɛ, anuanom, munnim na merekasa mekyerɛ wɔn a wonim mmara no, sɛ mmara di onipa so bere a ɔde te ase nyinaa? Na ɔbea a ɔhyɛ okunu ase de, wɔde mmara akyere no asa ne kunu, bere a ɔte ase no; na sɛ okunu no wu a, wɔasan no afi okunu no mmara no ho. Enti okunu no da so te ase no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ okunu no wu a, na wayi ne ho afi mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforo a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefo. Ne saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforo a ɔne nea wɔanyan no afi awufo mu no de, na yɛasow aba ama Onyankopɔn. Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsode nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnsow aba mma owu. Na afei de, sɛ yɛawu ama nea ɛkyekyere yɛn no nti, wɔasan yɛn afi mmara no ho ma yɛsom honhom foforoyɛ mu, na ɛnyɛ nkyerɛwee dedaw mu. Enti afei yebeka dɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabida, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmmere a, anka minnim akɔnnɔ. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu. Na me de, makwati mmara no matena ase pɛn; na mmara asɛm no bae no, bɔne nyanee bio; na me de, miwui, na saa mmara koro no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owu ama me. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan daadaa me, na ɛnam so kum me. Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa. Ɛnne na nea ɛyɛ papa no adan owu ama me anaa? Dabida, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam nea ɛyɛ papa no so po de owu aba me so, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atena so. Na yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade, na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase. Na nea meyɛ no, minhu; efisɛ ɛnyɛ nea mepɛ na meyɛ, na mmom nea mikyi no, ɛno na meyɛ. Na sɛ nea mempɛ no na meyɛ a, ɛnne mepene so sɛ mmara no ye. Ɛnne na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnne ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. Ɛnne mihu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu. Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnne afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara. Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu. Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu, sɛ mmara no asɛntrenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnam honhom de mu no ho. Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de. Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene no de, ɛyɛ nkwa ne asomdwoe. Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi; na wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no ntumi nsɔ Onyankopɔn ani. Na mo de, munni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea. Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu de, nanso trenee nti honhom no wɔ nkwa. Na sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu no Honhom te mo mu a, nea onyan Kristo fii awufo mu no bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so. Enti afei, anuanom, ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka, na yɛatena ase honam fam. Na sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtena ase. Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya! Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi. Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no. Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu. Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi. Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ankasa nso a yɛwɔ Honhom no aba a edi kan no, yɛn nso yesi apini retwɛn abagye a ɛne ogye a wobegye yɛn nipadua no. Na anidaso mu na wogyee yɛn nkwa; na anidaso a wohu nyɛ anidaso; na nea obi hu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda so? Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn. Saa ara nso na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn. Na nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a ɛyɛ Honhom no adwene, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ. Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no. Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan. Na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso. Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem; hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn. Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn. Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu. Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu. Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo, na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de; na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen. Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo, nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo. Efisɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afedan sesɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba. Na ɛnyɛ eyi nko, na Rebeka nso ne obiakofo a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛnee, na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti, wosee no sɛ: Ɔpanyin no bɛsom akumaa no; sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Medɔɔ Yakob, na metan Esau. Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ anaa? Dabida! Na osee Mose sɛ: Nea mihu no mmɔbɔ no ara na mehu no mmɔbɔ, na nea me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no. Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no. Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so. Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den. Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Ɛdɛn na ɔda so nunu onipa? Na hena na obetumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asi? Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ? So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ? Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn? Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso. Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”, ne nea mannɔ no no ɔdɔfo; na ɛbɛba sɛ faako a wosee wɔn sɛ: Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn Teasefo no mma. Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa; efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora. Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu; na Israel a wotiw trenee mmara no de, wɔanto trenee mmara no. Ɛdɛn ntia? Efisɛ wotiw no sɛ emfi gyidi mu, na mmom efi nnwuma mu; efisɛ wohintiw hintibo no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase. Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ wobenya nkwa. Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdemmɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu. Na wonnim Nyankopɔn trenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn trenee ase ɛ. Na Kristo ne mmara no awiei a ɛma wɔn a wogye di nyinaa kɔ trenee mu. Na Mose kyerɛw trenee a efi mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a odi eyi so no benya mu nkwa. Na sɛ trenee a efi gyidi mu no ka ni: Nka wo koma mu sɛ: Hena na ɔbɛforo akɔ ɔsoro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo besian); anaasɛ hena na obesian akɔ ebun mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo befi awufo mu aba). Na mmom ese dɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anom ne wo koma mu, (ɛne gyidi asɛm a yɛbɔ ho dawuru no). Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu. Na kyerɛw no se: Obiara a ogye no di no ani renwu. Na nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa! Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi? Ɛnne afei na gyidi no fi asɛm no tie mu, na otie no nam Kristo ho asɛm so ba. Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano. Na mebisa bio sɛ: Israel anhu? Mose na odi kan ka sɛ: Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu, mede ɔman a wonnim hwee beyi mo abufuw. Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ: Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me, na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyi kwan. Na Israelfo ho de, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛw me nsam memaa ɔman asoɔdenfo nyiyianofo. Na afei mise: Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida, na me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo mu, Benyamin abusuakuw mu. Onyankopɔn ntow ne man a ohuu wɔn siei no nkyenee. Anaasɛ munnim nea kyerɛw no ka fa Elia ho, sɛ ogyina Onyankopɔn anim bɔɔ Israelfo kwaadu? Sɛ: Awurade, w’adiyifo no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremuka nso, wɔadwiridwiriw, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me. Na Onyankopɔn anom asɛm se no dɛn? Mama mmarima mpemnsɔn aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkotow Baal. Saa ara na sesɛɛ bere yi mu nso nkae bi nam adom yi so aka. Na sɛ ɛnam adom so a, na emfi nnwuma mu bio, efisɛ ɛno de, anka adom nyɛ adom bio. Ɛnne na ɛdɛn? Nea Israelfo hwehwɛ no, wɔannya; na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no koma apirim; sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhu ade ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abedu nnɛ da yi. Na Dawid ka sɛ: Ma wɔn didipon nyɛ apa, ne afiri ne hintidua ne akatua mma wɔn; ma wɔn aniwa nnuru sum, na wɔanhu ade, na kuntun wɔn akyi daa. Na afei mise: Wohintiwii sɛ wɔnhwe ase anaa? Dabida, na mmom nkwagye nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman no de, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu. Na sɛ wɔn ntereho no dan wiase ahonya, na wɔn so huan dan amanaman ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛn saa dɛn ara! Na mo amanaman mufo na mekasa mekyerɛ mo: Esiane sɛ meyɛ amanaman mu somafo nti, mekamfo me som, sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfo Yudafo no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa. Na sɛ wɔn tow a wɔtow wɔn kyenee no yɛ wiase mpata a, ɛdɛn na wɔn gye no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a efi owu mu anaa? Sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, tɔw no nyinaa yɛ bi; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, nnubaa no nso yɛ bi. Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a, nhoahoa wo ho nnubaa no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso ntini no, na ntini no na ɛso wo. Afei wobɛka se: Nnubaa no bubui sɛ wɔmfa me nhyɛ mu. Wiɛ, ogye a wɔannye anni nti na ebubui, na wo de, wode gyidi na egyina hɔ. Nnwen akokurokosɛm, na mmom suro! Na sɛ Onyankopɔn ankora nnubaa a efi dua no ankasa mu fifii no so a, ɔrenkora wo nso so. Enti hwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe ase no dii no dennennen so, na wo de, Onyankopɔn kyerɛ ne ayamye no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamye no mu ara; anyɛ saa a, wobetwa wo nso akyene. Na wɔn nso, sɛ wɔantena ogye a wonnye nni no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn betumi de wɔn ahyɛ mu bio. Na sɛ wɔatwa wo afi dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua ho, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa mu a, mpɛn ahe ara na wɔremfa eyinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu? Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ; na ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ogyefo no befi Sion aba abetu amumɔyɛsɛm ase afi Yakob ho. Na apam a me ne wɔn bɛpam bere a meyi wɔn bɔne makɔ no ni. Asɛmpa no fam de, mo nti wɔyɛ atamfo, na eyi no fam de, agyanom no nti wɔyɛ adɔfo; efisɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛde na ɔfrɛ no a ɔnntwe nsan. Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gye a wonnye nni no so ahu mo mmɔbɔ no, saa ara nso na seisei eyinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔbɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔbɔ bi. Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ ogye a wonnye nni no ase sɛ obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ. O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na wahu Awurade adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo? Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka? Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen. Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ. Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no. Na sɛnea yɛwɔ ɔhonam akwaa bebree nipadua koro mu, na ɔhonam mu akwaa no nyinaa nni adwuma koro no, saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako. Na yɛwowɔ adom akyɛde a nsonsonee deda mu, sɛnea adom a wɔde adom yɛn no te. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛnea gyidi nsusuwii pa no te. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntena ɔsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntena kyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛ. Sɛ ɔfotufo a, ma ɔntena n’afotu mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfo a, ma onyi ne yam nkyɛ ade. Sɛ mpaninni a, ma ɔmmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborohunufo a, ma ɔmfa animtew nyɛ. Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho! Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni. Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hyew, monsom Awurade! Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara! Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden! Munhyira wɔn a wɔtaa mo, munhyira, na monnnome! Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. Mo nyinaa nnya adwenkoro; mommmoma ho so, na mmom momma ahobrɛasede mfa mo! Mummmu mo ho anyansafo! Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara metua ka, Awurade na ɔka saa. Enti sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan! Sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi. Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim! Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanyimfo tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu. Na wɔn a edi mpanyin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wusuro tumi no anaa? Ɛnne yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi! Efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo yiyedi. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wotɔ were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so. Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia. Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara. Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow ahorow nyinaa mma nea ɔtow sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni. Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di. Na mmara no: Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmmere ade! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abom ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so di. Na eyi de munim, munim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode. Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu; na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atade, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so! Nea ɔyɛ mmerɛw gyidi mu no, munnye no, na mmom mo ne no nham wɔ nea n’adwene kyerɛ no ho. Obi gye di sɛ otumi di aduan biara bi; na nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi ahabannuan nko ara. Nea odidi no mmmu nea onnidi animtiaa, na nea onnidi no mmmu nea odidi atɛn, na Onyankopɔn agye no. Hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na Awurade betumi ama no agyina. Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi. Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase. Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho. Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Awurade dea. Na eyi nti na Kristo wui na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura. Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim. Na wɔakyerɛw sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din. Enti afei yɛn nyinaa bebu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn. Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua. Minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ biribiara ankasa nyɛ fi; na nea obu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no. Na sɛ w’aduan nti wo nua werɛ how a, ɛnne ɛnyɛ ɔdɔ so na wonantew bio. Mfa w’aduan nsɛe nea Kristo sii n’ananmu wui no. Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne! Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye. Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no. Enti afei momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi. Aduan nti nsɛe Onyankopɔn adwuma! Nneɛma nyinaa ho tew de, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi nea ɛto hintidua. Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua. Wo de, wo gyidi a wowɔ no, kora so fa, Onyankopɔn anim! Nhyira ne nea ommu ne ho atɛn nea obu no sɛ eye no mu. Na nea n’adwenem yɛ no naa no, sɛ odidi a, wadi fɔ; efisɛ emfi gyidi mu na odidi. Na biribiara a emfi gyidi mu no yɛ bɔne. Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ na yɛnsɔ yɛn ankasa ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim. Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohora agu me so. Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso. Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no, na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam. Enti munnyigye mo ho, sɛnea Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no. Na mise: Kristo ayɛ twetiatwafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman mufo ahyɛ no anuonyam, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Eyi nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. Na ɔkae bio sɛ: Mo amanaman mufo, mo ne ne man nni ahurusi! Na bio: Mo amanaman mufo nyinaa monyi Awurade ayɛ, na mo aman ahorow nyinaa nkamfo no! Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai ntini ne nea ɔbɛsɔre abedi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda no so. Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu. Me nuanom, migye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na mutumi tutu mo ho fo nso; nanso nea enti a mede nnam bebrebe mekyerɛw nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me, sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu. Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Onyankopɔn fam nneɛma mu. Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye nea Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufo setie wɔ asɛm ne adwuma mu, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko. Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ nea wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so, na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase. Eyi na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn. Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfe bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti, da biara a metu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mehu mo anim, na sɛ migye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ. Na seisei de, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefo no. Na Makedonia ne Akaia de fɛw aboaboa nneɛma bi ano de rekɔma ahotefo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo. Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ sɛ amanaman mufo anya wɔn honhom mu nneɛma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde ɔhonam mu nneɛma bɛsom wɔn bi. Enti minya miwie ade yi yɛ, na mede akyɛde no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania. Na minim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu. Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu, na wɔabeyi me afi asoɔdenfo a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefo no fɛ, na menam Onyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigye mu, na me ne mo abedwudwo yɛn ho. Asomdwoe Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen. Na mebɔ yɛn nuabea Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfo din mede no mehyɛ mo nsa sɛ: Munnye no Awurade mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo no, na munnyina n’akyi adwuma biara a mo ho behia no mu; efisɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne m’ankasa boafo. Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso. Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi no nso. Munkyia me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ofi Asia no. Munkyia Maria a ɔhaw ne ho pii maa mo no. Munkyia Androniko ne Yunia, m’abusuafo ne me yɔnko apokyerɛfo a wɔwɔ din asomafo no mu na wodii me kan Kristo mu no. Munkyia m’Awurade mu dɔfo Amplia. Munkyia yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfo Urbano ne me dɔfo Staki. Munkyia Apele a wɔahu no ɔnokwafo Kristo mu no. Munkyia wɔn a wofi Aristobulo fifo mu no. Munkyia me busuani Herodion. Munkyia wɔn a wofi Narkiso fifo mu a wɔwɔ Awurade mu no. Munkyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Munkyia ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no. Munkyia Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na no. Munkyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho. Munkyia Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne ahotefo a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Kristo asafo nyinaa kyiakyia mo. Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho. Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma. Na mo de, mo asoɔmmerɛw no atrɛw adu nnipa nyinaa asom; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafo, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho, na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. Me yɔnko dwumayɛfo Timoteo ne m’abusuafo Lukio ne Yasɔn ne Sosipatro kyia mo. Me Tertio a mekyerɛw nhoma yi, mikyia mo Awurade mu. Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiwura kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne onua Kwarto kyia mo. [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen]. Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka, na afei wɔayi no adi, na wɔnam adiyifo kyerɛw nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufo, sɛnea daa Nyankopɔn hyɛ no te, ama osetie a ɛde kɔ gyidi mu, Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro no, anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen. Paulo, Kristo Yesu somafo a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne onua Sostene de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔatew wɔn ho Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Onyankopɔn adom a wɔde adom mo Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho sɛ nneɛma nyinaa mu moanya mo ho wɔ no mu, nsɛm ne nimdeɛ nyinaa mu, sɛnea Kristo adanse no atim mo mu, amma adom akyɛde biara ammɔ mo, bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no; ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no. Onyankopɔn a wɔnam no so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo. Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu. Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu. Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa, anaasɛ me de mewɔ Kefa afa; anaasɛ me de mewɔ Kristo afa. Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu? Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo ne Gaio, na obi anka sɛ mebɔɔ asu mehyɛɛ me din mu. (Ɛhɛɛ, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu; na nkae no de, sɛ mebɔɔ obi asu a, minnim). Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ ɔkwa. Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de ɛyɛ Onyankopɔn tumi. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa. Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa? Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa. Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa; na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo. Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa. Efisɛ Onyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn mmerɛwyɛ yɛ den kyɛn nnipa. Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn, na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn ahwɛ mu ayi, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim. Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho Awurade mu. Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no. Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye sɛ Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Na me de, mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo tenae. Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so. Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de, na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase. Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam, na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no. Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso. Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom. Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn. Nso nea yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea Honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom ade to honhom ade ho. Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu. Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn. Na hena na wahu Awurade adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene. Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo, na mmom sɛ ɔhonam mufo, sɛ Kristo mu nkokoaa. Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye, na mprempren ara mpo muntumi. Na moda so ara yɛ ɔhonam mufo. Na bere a ahoɔyaw ne mpaepaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipa mu anaa? Na sɛ obi se: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa a, na monyɛ ɔhonam mufo anaa? Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no. Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii. Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te. Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan. Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa. Na fapem foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho. Nanso sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, sare, burodua to fapem yi so a, obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ; sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua. Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu. Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa? Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara. Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo. Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu. Na bio: Awurade nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu. Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nneɛma nyinaa yɛ mo de, Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea, na moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea. Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo. Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Na me de, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso mimmu me ho atɛn. Efisɛ mede minhu biribi wɔ me ho, nanso ɛnyɛ eyi ho na midi bem; na nea obu me atɛn ne Awurade. Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no. Na, anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asi. Na hena na ɔma wo da nso wɔ afoforo mu? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ nya na wunyae? Moawie mee dedaw, yiw, moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ mudii ahene ampa a, anka eye, na yɛn nso ne mo adi bi. Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafo adi akyiri sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu, efisɛ yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa. Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, na mo de, moyɛ anyansafo, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den. Mo de, moyɛ anuonyamfo, na yɛn de, yɛyɛ ahohorafo. Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te, na yɛbrɛ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma. Wɔyaw yɛn a, yehyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so, wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de besi nnɛ. Menkyerɛw eyi memmegu mo anim ase, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma adɔfo. Na sɛ mowɔ ahwɛfo ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, munni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu. Enti mitu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me! Eyi nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa. Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛnea meremma mo nkyɛn. Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabehu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm. Na Onyankopɔn ahenni nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu. Nea ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa memmra mo nkyɛn, anaa ɔdɔ ɛne odwo honhom? Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni abosonsomfo mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anhow amma wɔanyi nea ɔyɛɛ saa ade no amfi mo mu. Na me de, minni hɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu nea ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ mewɔ hɔ. Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a, momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no. Mo ahohoahoa nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa? Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso. Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokware apiti mu. Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman nnni afra. Ɛnyɛ wiase nguamammɔfo anaa aniberefo ne amimfo anaa abosonsomfo ho asɛm koraa na mereka; ɛnne, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ. Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ oguamammɔfo anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ntɔkwapɛfo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. Na ɛfa me ho dɛn sɛ mebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bi? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mubu wɔn atɛn? Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu! Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, onsi ne bo de no nkɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim anaa? Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, ɛnsɛ mo sɛ mudi nsɛm nketewa anaa? Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Na menne asetena yi mu nneɛma? Na sɛ mowɔ asetena yi mu nneɛma ho nsɛm a, wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo? Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa? Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi? Mfomso anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom? Mo mmom na mudi amim, na musisi, na mode yɛ anuanom mpo. Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu. Mewɔ nneɛma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye; mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso memma biribi nhyɛ me so. Aduan yɛ ɔyafunu dea, na ɔyafunu yɛ aduan dea, na Onyankopɔn bɛma n’abien nyinaa ayɛ ɔkwa. Na nipadua nyɛ aguamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea. Na Onyankopɔn anyan Awurade, na ɔnam ne tumi so benyan yɛn bi. Munnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ aguaman akwaa? Ɛmpare me! Anaasɛ munnim sɛ nea ɔde ne ho bɔ aguamammɔfo ho no, na ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ ɔhonam koro. Na nea ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom koro. Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne. Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho? Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu. Na nea mokyerɛwee no ho, sɛ: Eye ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbea; na aguamammɔ nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa kunu. Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara. Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere. Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ. Na eyi de, meka no ɔkwamma fam, na ɛnyɛ ɔhyɛ so. Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛ mete yi; nanso obiara wɔ n’ankasa n'adom akyɛde a efi Nyankopɔn, obi de te sɛɛ, na obi nso de yɛ ade foforo. Na meka mekyerɛ asigyafo ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔtena hɔ sɛ me; na sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na eye sɛ wɔbɛware sen sɛ wɔbenya akɔnnɔ bɔne. Na wɔn a wɔaware no de, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbea nnnyaa ne kunu, (na sɛ ogyaa no a, ɔnnware bio; anyɛ saa a, ɔnsan ne ne kunu nkɔbom), na mma okunu nso nnnyaa ne yere. Na wɔn a aka no, me na meka mekyerɛ wɔn na ɛnyɛ Awurade, sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tena a, onnnyaa no. Na sɛ ɔbea nso wɔ okunu a onnye nni, na ɔbarima no pene sɛ ɔne no tena a, onnnyaa no. Na okunu a onnye nni no ho atew wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew okunu no mu; anyɛ saa de a, na mo mma ho wɔ fi, na afei de, wɔn ho atew. Na nea onnye nni no pɛ sɛ ogyae kɔ a, ma ɔnkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabea ko no so sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn. Na, ɔyere, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo yere nkwa? Na sɛnea Awurade akyɛ ama obiara ne sɛnea Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛnea mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no. Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma ɔnnnan momonoto! Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ momonoto anaa? Mma wonntwa no twetia! Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Onyankopɔn ahyɛde sodi na ehia. Ɔfrɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɔntena mu. Wɔfrɛɛ wo, na woyɛ akoa anaa? Mma ɛnnhaw wo! Na sɛ wubetumi anya wo fawohodi nso a, fa no saa mmom! Na nea wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehye; saa ara na ɔdehye nso a wɔafrɛ no yɛ Kristo akoa. Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa! Anuanom, biribiara a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Nyankopɔn ntena. Na wɔn a wɔnwaree ho de, minni Awurade ahyɛde biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborohunu ama wayɛ ɔnokwafo. Nea afei, misusuw sɛ eye ne sɛ: Mprempren ahohia yi nti, eye ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa ara. Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobegyae aware. Woasan wo ho afi ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ ɔyere! Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne ɛ; na sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne ɛ; na wɔn a wɔyɛ saa no ho behiahia wɔn ɔhonam mu, na me de, anka mepɛ sɛ miyi ahohia no fi mo so. Na nea mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi, na wɔn a woresu ayɛ sɛnea wonsu, na wɔn a wɔn ani gye ayɛ sɛnea wɔn ani nnye, na wɔn a wɔtɔ ayɛ sɛnea wonni hwee, na wɔn a wɔredi dwuma wiase ayɛ sɛnea wonni; efisɛ wiase su retwam. Na mepɛ sɛ anka muyi adwennwen fi mo so. Nea ɔnwaree nsusuw Awurade fam nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene no yɛ ntanta. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani. Mo ankasa yiyedi nti na meka eyi; ɛnyɛ sɛ mehyɛ mo so, na mmom fɛ a ɛbɛyɛ ne ɔtena a mone Awurade bɛtena yiye, na biribiara renhaw mo adwene ntia. Na sɛ obi dwen sɛ ne nneyɛe wɔ n'asiwa bi a waso aware so mfata, nanso ehia a, ɔnyɛ nea ɔpɛ, ɔnyɛɛ bɔne ɛ, ma wɔnware. Na nea ogyina pintinn, ne komam, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ ne komam sɛ ɔbɛma ne ba baabun atena hɔ no, wayɛ no yiye. Enti nea ɔware n'asiwa no yɛ no yiye, na nea ɔnware no yɛ no yiye kɛse. Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ. Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m'adwene ne sɛ, eye mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom. Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso. Na sɛ ɛyɛ obi sɛ onim biribi a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu. Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara. Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nneɛma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a, yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no. Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn. Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin. Na monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua. Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ, no sɛ wote abosonnan mu adidii a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛw no nnya nnyinaso nkodi abosom afɔrebɔde anaa? Ɛnne na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛw, a ne nti Kristo wui no bɛyera. Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, moreyɛ Kristo bɔne. Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua. Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafo anaa? Minhuu yɛn Awurade Yesu anaa? Monyɛ m’adwuma Awurade Yesu anaa? Sɛ menyɛ ɔsomafo mma ebinom a, mo de, meyɛ ɔsomafo ma mo; efisɛ me somafoyɛ nsɔano ne mo, Awurade mu. M’anoyi a miyi mekyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ me dwumadi mu ni. Yenni ho kwan sɛ yedidi na yɛnom? Yenni ho kwan sɛ yɛde onuabea a ɔyɛ ɔyere kyin sɛ asomafo a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa? Anaasɛ me ne Barnaba nko ara na yenni ho kwan sɛ yegyae adwumayɛ? Hena na ɔkɔ ɔsa na n’ankasa tua ne ho ka? Hena na ɔyɛ bobe turo, na onni n’aba bi? Anaasɛ hena na ɔhwɛ mmoakuw, na ɔnnom wɔn nufusu no bi? Meka eyi nnipa fam, na mmara no nso nka saa? Na wɔakyerɛw Mose mmara no mu sɛ: Nkyekyere nantwi a ɔreporow aburow no ano. Nantwi no na ne ho hia Onyankopɔn, anaasɛ yɛn nti na ɔka saa? Na yɛn nti na wɔakyerɛw sɛ ɛsɛ nea ofuntum asase no sɛ ofuntum no anidaso mu, na nea ɔporow aburow no yɛ no anidaso mu, sɛ obenya mu bi. Sɛ yeduaa honhom fam nneɛma maa mo a, ɛyɛ ade kɛse a ɛso, sɛ yebetwa mo honam fam nneɛma afi mo hɔ? Sɛ nnipa bi wɔ mo so tumi yi bi a, yenni nsen wɔn anaa? Nanso yɛamfa saa tumi yi anyɛ nea yɛpɛ, na mmom yɛpene nneɛma nyinaa so na yɛansiw Kristo asɛmpa no kwan. Munnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan ho ade no bi, na wɔn a wɔte afɔremuka ho no didi afɔremuka no ho? Saa ara na Awurade nso ahyehyɛ sɛ wɔn a wɔka n’asɛmpa no nnidi asɛmpa no ho. Na me de, mamfa eyinom biara anyɛ hwee. Na mankyerɛw eyinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na eye ma me mmom sɛ anka miwu kyɛn sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa. Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ ade a mede hoahoa me ho, efisɛ etwa sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, minnue! Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara. Afei m’akatua ne nea ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho, na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi. Na mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa, na manya dodow. Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase de), nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no. Wɔn a wɔnhyɛ mmara ase no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔhyɛ mmara ase, (ɛnyɛ sɛ minni mmara wɔ Onyankopɔn anim, na mmom mewɔ Kristo mmara mu), na manya wɔn a wonni mmara no. Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛnea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa. Na eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi. Munnim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkunim bo no? Saa ara na muntu mmirika,, na moanya bi. Na obiara a osi agodi kane no, ɔsɔre ne ho nneɛma nyinaa mu; na wɔn de, wɔyɛ na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛnsɛe. Ne saa nti me de, mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a mebɔ yi, memmɔ no sɛ nea ɔreboro mframa, na mmom mehyɛ me nipadua yaw, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa wayi me tokyene. Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu, na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro, na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a na edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo. Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ. Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no. Afei monnyɛ abosonsomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui. Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛnea wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no. Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no. Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no. Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi. Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye na wanhwe ase. Sɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma kwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina. Enti, m’adɔfo, munguan mfi abosonsom ho, Me ne mo kasa sɛ animdefo. Mummu nea mise ho atɛn! Nhyira kuruwa a yehyira so no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkofa anaa? Abodoo a yebubu no nyɛ Kristo nipadua no ayɔnkofa anaa? Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi. Monhwɛ ɔhonam fam Israel! Ɛnyɛ wɔn a wodi afɔre aduan no na wɔne afɔremuka no wɔ ayɔnkofa anaa? Afei mese dɛn? Sɛ abosom afɔre yɛ biribi anaasɛ ɔbosom yɛ biribi? Dabi; na mmom mise, afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. Muntumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi Awurade pon so ne ahonhommɔne pon so. Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den sen no anaa? Nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso. Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiyedi, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiyedi. Nea wɔtɔn no namgua so nyinaa, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! Na asase ne nea ɛhyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea. Na sɛ wɔn a wonnye nni no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokɔ a, nea wɔde besi mo anim biara, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Eyi yɛ ɔbosom afɔrebɔde a, nea ɔkyerɛe no ne ahonim nti, munnni! Sɛ mise ahonim a, menne wo de, na mede onii no de; na adɛn na obi ahonim bebu me ahofadi atɛn? Na sɛ mede aseda midi a, adɛn nti na wɔbɛbɔ me dimmɔne nea meda so ase ho? Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam! Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua; sɛnea me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nneɛma nyinaa mu, na menhwehwɛ nea eye ma me nko ara, na mmom nea eye ma dodow no, na ebia wɔagye wɔn nkwa. Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no. Na miyi mo ayɛ sɛ mokae me ade nyinaa mu, na mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu. Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn. Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne ti so no, onni ne ti ni. Na ɔbea biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne ti so da hɔ no, onni ne ti ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwaw. Na sɛ ɔbea ankata ne ti so a, ma ɔmmɔ tikwaw nso; na sɛ ɛyɛ ɔbea aniwu sɛ otwitwa ne ti so anaasɛ oyi a, ɛnne ma ɔnkata ne ti so. Na ɔbarima de, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban ne n’anuonyam; na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam. Na ɔbarima mfi ɔbea mu, na mmom ɔbea na ofi ɔbarima mu; na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea. Ɛno nti na ɛsɛ ɔbea sɛ onya ne ti so tumi a ɛyɛ nkataso, abɔfo nti. Nso ɔbarima nkwati ɔbea, na ɔbea nkwati ɔbarima, Awurade mu. Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbea so ba ne no; na ne nyinaa fi Nyankopɔn mu. Mo ankasa mummu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbea rebɔ mpae na ɔnkata ne ti so anaa? Ɔbrasu ankasa nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne ti kusuu a, ɛnhyɛ no anuonyam, na ɔbea de, ogyina ne ti kusuu a, ɛhyɛ no anuonyam? Efisɛ wɔde nwi no ama no sɛ nkataso. Na sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, yɛn de, yemmu saa bra no, na Onyankopɔn asafo horow no nso nyɛ saa. Eyi a mehyɛ mo yi, minyi mo ayɛ, efisɛ munhyiam nyɛ adepa, na mmom adebɔne. Na nea edi kan, muhyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na migye emu bi midi. Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu. Enti sɛ mubehyia faako a mokɔ Awurade adidi a, ɛnyɛ ye, efisɛ obiara di n’ankasa aduan ansa, na ɔkɔm de binom, na ebinom nso abobow. Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ. Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara ne mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Eyi ne me nipadua a worebubu ama mo no; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba. Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi. Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye. Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu. Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye a, anka wommu yɛn atɛn; na sɛ wobu yɛn atɛn a, Awurade no twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ. Enti, me nuanom, muhyia mu sɛ morebedidi a montwɛn mo ho mo ho! Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye. Na nea ɛfa honhom fam nsɛm ho de, anuanom, mempɛ sɛ mede biribiara mesie mo so. Munim sɛ kan a moyɛ abosonsomfo no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn. Enti merema moahu sɛ, obiara a ɔnam Onyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusude; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so. Nanso adom akyɛde gu ahorow, nanso ɛyɛ Honhom koro no ara. Na ɔsom nnwuma gu ahorow, nanso ɛyɛ Awurade koro no ara. Na dwumadi nso gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na odi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu. Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yiye. Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛnea Honhom koro no ara pɛ. Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛde, Honhom koro no ara mu. Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase. Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ. Na sɛnea nipadua yɛ biako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua biako no, saa ara na Kristo nso te. Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako. Na nipadua nso nyɛ akwaa biako, na ɛyɛ bebree. Sɛ ɛnan ka sɛ: Menyɛ nsa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? Na sɛ aso ka sɛ: Menyɛ aniwa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? Sɛ nipadua nyinaa yɛ aniwa a, anka ɔte wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛ ɔte a, anka ohua wɔ he? Na afei Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmiako mmiako, sɛnea ɔpɛ. Na sɛ ne nyinaa yɛ akwaa biako a, anka nipadua wɔ he? Na afei akwaa no dɔɔso de, nanso nipadua no yɛ biako. Aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; bio nso eti ntumi nka nkyerɛ nan sɛ: Mo ho nhia me. Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛw bebrebe no, ɛno na ɛho hia. Na nipadua ho ade a ɛyɛ yɛn sɛ enni nidi koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebrebe, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ yɛn ho no nya ahokeka bebrebe; efisɛ nea ɛyɛ fɛ wɔ yɛn ho no, enhia no saa. Na Onyankopɔn de nipadua no atoatoa mu, na akwaa a wommu no no, wama no nidi bebrebe, na mpaepaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwen ade koro ama wɔn ho wɔn ho. Na sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi; sɛ nso wɔhyɛ akwaa biako anuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom di saa anigye no. Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmiako mmiako. Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow. Wɔn nyinaa yɛ asomafo? Wɔn nyinaa yɛ adiyifo? Wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo? Wɔn nyinaa wɔ tumide? Wɔn nyinaa wɔ ayaresa adom akyɛde? Wɔn nyinaa kasa kasa ahorow? Wɔn nyinaa kyerɛ kasa ase? Na mommɔ adom akyɛde titiriw no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a eye sen biribiara. Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow. Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee. Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara. Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na mmom edi ahurusi wɔ nokware mu. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa. Na yehu ade fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fa-ne-fa. Na sɛ nea ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wobegu nea ɛyɛ fa-ne-fa no. Meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, metee asɛm ase sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magyae mmofraasɛm no. Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi. Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse. Mompɛ ɔdɔ akyi kwan, na mommɔ honhom akyɛde no ho mmɔden, ne titiriw sɛ mobɛhyɛ nkɔm. Nea ɔkasa kasa bi no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte ase, na honhom mu na ɔka ahintasɛm. Na nea ɔhyɛ nkɔm de, ɔka nkɔsosɛm ne afotu ne awerɛkyekye kyerɛ nnipa. Nea ɔkasa kasa bi no ma n’ankasa ne ho nkɔso, na nea ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔso. Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa horow, nanso nea mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na nea ɔhyɛ nkɔm so sen nea ɔkasa kasa horow, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma asafo no nya nkɔso. Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa horow, na me ne mo ankasa adiyi anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Saa ara nso na sɛ nneɛma a nkwa nni mu a egyigye, te sɛ abɛn anaa sanku, sɛ ankyerɛ nnyigyei ahorow no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobete nea wɔhyɛnee anaasɛ wɔbɔe no ase? Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa? Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moreka no? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa. Ɔkasa horow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte ase na sɛ mente ɔkasa no ase a, mebu nea ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na nea ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni. Na mo nso sɛ mobɔ honhom fam nneɛma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔso nti mobɛboro so. Enti nea ɔkasa kasa bi no, ɔmmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase. Na sɛ mebɔ mpae ɔkasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpae, na m’adwene de, ɛnte ase. Na afei adɛn? Mede honhom mɛbɔ mpae, na mede adwene nso mabɔ mpae, mede honhom mɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom. Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye w’aseda no so sɛ Amen, bere a onnim nea woreka? Wo de, woda ase yiye de, nanso ɔno de, onnya nkɔso. Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa ɔkasa horow bebree sen mo nyinaa; nanso asafo mu de, mepɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm anum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sen sɛ mɛka nsɛm ɔpedu ɔkasa bi mu. Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin. Wɔakyerɛw mmara no mu sɛ: Ɔkasa foforo ne ano foforo na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa nso mpo wɔrentie me, sɛ Awurade na ose. Enti ɔkasa horow no nyɛ sɛnkyerɛnne mma gyidifo, na mmom ɛyɛ ma wɔn a wonnye nni; na nkɔmhyɛ de, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni de, na mmom ɛyɛ wɔn a wogye di dea. Na sɛ asafo mu behyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa horow, na wɔn a wonnim bi anaasɛ wɔn a wonnye nni ba mu a, wɔrenka sɛ: Moabobɔ dam anaa? Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a onnye nni anaasɛ onnim biribi ba mu a, wɔn nyinaa twiw n'anim, wɔn nyinaa bu no atɛn, na ne komam ahintasɛm no ada adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa. Na afei adɛn, anuanom? Sɛ muhyiam a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyi anaasɛ obi wɔ nkyerɛase Momma ne nyinaa nyɛ nea ɛma nkɔso. Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra so no, baasa, na wɔnka no mmiako mmiako, na obiako nkyerɛ ase. Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ommua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Nyankopɔn. Adiyifo no de, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn. Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyi a, nea odi kan no mmua n’ano. Na mo nyinaa betumi aka adiyisɛm mmiako mmiako, na wɔn nyinaa anya mu adesuade, na wɔn nyinaa afa mu afotu. Na adiyifo ahonhom no hyɛ adiyifo no ase; efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn, sɛnea ɛte ahotefo asafo nyinaa mu no. Momma mmea mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛnea mmara no nso ka no. Na sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom ofie; efisɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbea sɛ ɔkasa asafo mu. Adɛn nti a! Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae, anaasɛ mo nko na abɛto mo? Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa honhom muni a, onhu sɛ nea mekyerɛw mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛde; na sɛ obi nhu eyi a, ɛmma no nnim de nso. Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, nanso, munnsiw ɔkasa horow ka ho kwan! Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so ne kwan so. Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mugyei nso, na mugyina mu nso, na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ muso mu dennen sɛnea mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa de a, na moagye adi kwa. Na nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa huu no, ansa na dumien no huu no. Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahanum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda. Ɛno akyi ɔmaa Yakob huu no ansa na asomafo no nyinaa rehu no. Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no. Na mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo mpo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no; na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti. Enti sɛ ɛyɛ me oo, ɛyɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mugye dii. Na sɛ wɔka Kristo ho sɛ wɔanyan no afi awufo mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufo sɔre nni hɔ? Na sɛ awufo sɔre nni hɔ a, na wɔannyan Kristo nso; na sɛ wɔannyan Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidi nso yɛ hunu. Na wobehu yɛn nso sɛ Onyankopɔn ho adansekurumfo, efisɛ yedii Nyankopɔn adanse sɛ onyan Kristo, na sɛ awufo nnyan a, ɛnne na wannyan ɔno nso. Na sɛ awufo nnyan a, na wɔannyan Kristo nso. Na sɛ wɔannyan Kristo a, na mo gyidi yɛ ohunu, na moda so wɔ mo bɔne mu. Ɛno de na wɔn a wɔdedae Kristo mu no ayera. Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnne na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfo. Nanso afei de, wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a edi kan. Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no. Na obiara wɔ ne dibea: Kristo ne aduaba a edi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ, ansa na awiei no di hɔ, bere a ɔde ahenni ne ahoɔden no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu no. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu. Na ɔde ade nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde ade nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho. Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa. Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufo no, wɔyɛ de gye dɛn? Sɛ awufo nnyan koraa a, ɛdɛn nti na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn? Adɛn nti na yɛn nso, amane di yɛn akyi dɔn biara yi? Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, miwu da biara. Ɔko a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipa mu a, anka ɛyɛ me mfaso bɛn? Sɛ awufo nnyan a, ɛnne momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu! Mommma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa. Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Na ebia obi bɛka sɛ: Wobenyan awufo dɛn? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba? Ɔkwasea! Nea wodua no rennya nkwa, gye sɛ ewu ansa. Na nea wudua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba no na wudua, na mmom ɛyɛ burofua kwa, ebia awi anaa nea aka no bi. Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara n’ankasa ne dua. Nam nyinaa nyɛ nam koro; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa de. Afei ɔsoro nnipadua horow wɔ hɔ, na fam nnipadua horow wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro de no anuonyam, na ɛsono fam de no de. Owia anuonyam nko, ɔsram anuonyam nko, nsoromma anuonyam nko; na afei ɛsonsono nsoromma mmiako mmiako anuonyam. Sɛ nso awufo sɔre te ne no. Wodua no porɔwee mu, ebenyan nea ɛmporɔw mu. Wodua no nea enni nidi mu, ebenyan anuonyam mu. Wodua no mmerɛw mu, ebenyan tumi mu. Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua. Sɛnea ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa na honhom nipadua nso wɔ hɔ. Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa. Na ɛnyɛ honhom de no na edi kan, na mmom ɔkra de no, ansa na honhom de no reba. Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro. Sɛnea famni no te no, sɛ nso famfo no te ne no; na sɛ ɔsoroni no te no, sɛ nso ɔsorofo no te ne no. Na sɛnea yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no. Anuanom, nea meka ne sɛ: Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni, nso nea ɛporɔw no nso ntumi nnye nea ɛmporɔw. Hwɛ, meka mo ahintasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakra ntɛm so, mpofirim, torobɛnto a edi akyiri no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn torobɛnto na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra. Na etwa sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw no, na nea ewu yi hyɛ nea enwu no. Na sɛ nea ɛporɔw yi nya hyɛ nea ɛmporɔw no, na nea ewu yi nya hyɛ nea enwu no a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu: Wɔamene owu nkunim mu. O owu, wo nkunim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he? Owu, nwowɔee ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara. Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkunim ama yɛn. Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu. Na ɛfa tow a wɔde kɔma ahotefo no ho de, sɛnea mehyehyɛe Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara. Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no. Na menya meba a, mɛma wɔn a mode nhoma bɛkyerɛ sɛ wɔsɛ no, de mo ayɛyɛde no akɔ Yerusalem. Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ bi a, wɔne me akɔ. Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; efisɛ Makedonia na merekɔfa. Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan. Na mempɛ sɛ meretwam nko ara na mehu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, medi mo nkyɛn nna kakra. Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste; efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso. Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso. Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no. Na onua Apolo de, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba. Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den. Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu. Na mitu mo fo, anuanom, munim Stefana fifo sɛ wɔne Akaia aba a edi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefo som no, sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no. Na m’ani gye Stefana ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, efisɛ munni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabesi ananmu; na wɔama me honhom ne mo de ahome. Enti monhwɛ wɔn a wɔte saa no yiye! Asafo a ɛwowɔ Asia no kyiakyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi no kyia mo papaapa, Awurade mu. Anuanom nyinaa kyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Me Paulo me nsam nkyia ni. Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: (Yɛn Awurade, bra!) Awurade Yesu adom ne mo ntena! Me dɔ nka mo nyinaa, Kristo Yesu mu. Amen. Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafo ne onua Timoteo de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu. Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ. Na sɛnea Kristo amanehunu ɛso pa ara ba yɛn so no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekye nam Kristo so boro so. Na sɛ woteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na edi dwuma boasetɔ mu, amane a yɛn nso yehu no ara mu. Na mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi. Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ owu. Na yɛn ankasa huu no yɛn mu sɛ yebewu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Nyankopɔn a onyan awufo no so. Nea oyii yɛn fii saa owu kɛse yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ obeyi yɛn bio. Mo nso monkotɔ nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛde a wɔnam nnipa pii nkotɔsrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn. Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam. Na yɛnkyerɛw biribiara mmerɛ mo, gye nea mobetumi akenkan na moate ase; na m’ani da so sɛ mobɛte ase awie, sɛnea mo nso moate yɛn ase ɔfa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛnea mo nso moyɛ yɛn de, yɛn Awurade Yesu da no. Na saa ahotoso yi mu na mebɔɔ me tirim kan no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho, na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masan mafi Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea. Enti mebɔɔ me tirim saa no, midii adwenharesɛm no anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔe no, mebɔɔ no ɔhonam fam, na m’asɛm ayɛ yiw, yiw ne dabi, dabi anaa? Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ yiw ne dabi. Na Onyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ yiw ne daabi, na mmom yiw na ɛwɔ no mu; efisɛ Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno mu na yiw no wɔ, na ne mu na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Na nea ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn; ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu. Na me de, mefrɛ Onyankopɔn sɛ onni me kra adanse sɛ, mempɛ sɛ mebɛhow mo werɛ nti na mamma Korinto bio. Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidi ho, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ. Na meyɛɛ m'adwene sɛ meremfa awerɛhow memma mo nkyɛn bio. Na sɛ mehow mo werɛ a, na hena na ɔma me bo tɔ me yam sɛ nea mehow ne werɛ no ara? Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de. Na mifi komam ahohia ne ahometew pii mu mede nusu bebree mekyerɛw mo, ɛnyɛ sɛnea mo werɛ bɛhow, na mmom sɛnea mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo. Na sɛ obi ayi awerɛhow a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhow, na ɔkwan bi so no — meka eyi na me kasa mu anyɛ den dodo — anyi mo nyinaa awerɛhow. Ka a mo mu pii aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no, enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no. Enti mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no. Na eyi nti nso na mekyerɛwee, sɛ mehu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahu sɛ mo aso yɛ mmerɛw ade nyinaa mu anaa? Na nea mode biribi kyɛ no no, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, nea mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ, Kristo anim, na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan. Nanso mebaa Troa mebɛkaa Kristo asɛmpa, na wobuee ɔpon maa me Awurade mu no, mannya honhom mu ahomeka, efisɛ manhu me nua Tito, enti mekraa wɔn mifii hɔ mekɔɔ Makedonia. Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa; efisɛ yɛyɛ Kristo aduhuam ma Onyankopɔn, wɔn a woregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa. Yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma ebinom. Na hena na ɔfata eyinom? Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim. Yerefi ase bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ehia ma yɛn sɛ yɛde ayeyi nhoma brɛ mo anaasɛ yenya bi fi mo nkyɛn, sɛnea ebinom yɛ no anaa? Mone yɛn nhoma a wɔakyerɛw yɛn komam a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan, na moda adi sɛ moyɛ Kristo nhoma a wɔnam yɛn som so kyerɛwee; wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom na ɛkyerɛwee, ɛnyɛ abo apon so, na mmom koma ho nam apon so. Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya Onyankopɔn fam. Ɛnyɛ sɛ yɛn ankasa fata sɛ yebesusuw ahu biribi sɛnea efi yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu. Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforo asomfo, ɛnyɛ nkyerɛwee mu, na mmom honhom mu; efisɛ nkyerɛwee de, ekum, na honhom de, ɛma nkwa. Na sɛ owu som no a wɔde nkyerɛwee kurukyerɛw abo so no nyaa anuonyam maa Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ Mose anim, n’anim anuonyam a ɛretwam no nti a, ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya anuonyam? Na sɛ afobu som no yɛ anuonyam a, trenee som no mmom boro so pii anuonyam mu. Na mpo, nea wɔahyɛ no anuonyam no nni eyi fam anuonyam, anuonyam a ɛboro so no nti. Na sɛ nea ɛretwam no nam anuonyam so a, ɛnne na nea ɛtena hɔ no mmom wɔ anuonyam pii. Na sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛde akokoduru kasa, na yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa n’anim, na Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ nea ɛretwam no awiei, nanso wɔn adwene mu yɛɛ wɔn sum, na ɛde besi nnɛ mpo, nkataanim no ara da so da apam dedaw kenkan so a wonnya nyii ɛ, efisɛ Kristo mu (nko) na woyi. Na ɛde besi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nhoma a, nkataanim no da so kata wɔn koma so; na sɛ wɔdan ba Awurade nkyɛn a, wobeyi nkataanim no. Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ. Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade anuonyam no, sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu, na eyi fi Awurade honhom no ara. Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw, na mmom yɛapo aniwude a ehintaw no, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Onyankopɔn anim. Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔreyera no mu; wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn. Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan. Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu. Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntewee yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ. Daa yɛso Awurade Yesu wu no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu. Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu. Enti owu di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu. Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso; na yenim sɛ, nea onyan Awurade Yesu benyan yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ. Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam. Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa. Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn na yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ na atwam, na nneɛma a wonhu no na ɛtena hɔ daa. Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro. Efisɛ eyi mu de, yesi apini, na yɛn ani gyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fi a efi soro no afoa so, ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagyaw mu. Na yɛn a yɛte ntamadan yi mu yi si apini, na ɛhyɛ yɛn so, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagyaw, na mmom yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ foa so, na nkwa amene nea ewu no. Na nea wasiesie yɛn ama saa ade yi ne Nyankopɔn a ɔno ara de Honhom no guaha nso ama yɛn no. Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yenim sɛ yɛte fie wɔ nipadua yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn; efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ anihunu so. Na yɛyɛ nnam, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yebefi nipadua mu fie ha akɔtena ofie Awurade nkyɛn. Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yefi ha oo, yɛbɛsɔ n’ani. Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no. Na sɛ yenim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wonhu no saa, na Onyankopɔn de, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ yɛada adi mo ahonim mu nso. Na yɛnsan nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo nea monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya nea mode bebua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim, na ɛnyɛ komam. Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛda ma mo. Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu. Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no. Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio. Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo. Na eyinom nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadi ama yɛn no; ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa. Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom. Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu. Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa. Na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne adom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da. Na yɛnto obiara hintidua na wɔannya mfomso biara wɔ yɛn som ho, na mmom nneɛma nyinaa mu, yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu; ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu; ahotew mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamye mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu; nokware asɛnka mu, Onyankopɔn tumi mu, trenee akode mu wɔ nifa ne benkum; anuonyam ne animguase mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifo nanso wɔyɛ anokwafo, sɛ wɔn a wonnim wɔn, nanso wonim wɔn yiye, sɛ wɔn a wɔrewu, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wonkum wɔn; sɛ awerɛhowfo, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafo, nanso wɔma nnipa pii nya wɔn ho; sɛ wɔn a wonni hwee, nanso wɔwɔ nneɛma nyinaa. O Korintofo, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn komam atrɛw. Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa mo yam na monsen. Na mo nso — meka eyi mekyerɛ mo sɛ mma — montrɛw mo mu saa ara mfa ntua ka. Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na biakoyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman. Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose. Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu. Mummue mo koma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne,, yɛnsɛee obiara, yensisii obiara. Menka eyi afobu kwan so; efisɛ maka dedaw sɛ, sɛ yewu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn koma mu. Mewɔ akokoduru kɛse wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekye ahyɛ me ma, na m’anigye aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu. Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma; nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ. Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekye nso a onyae mo ho bere a ɔkaa yɛn mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhowdi, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyei pii kyerɛɛ yɛn no. Na sɛ mede me nhoma no mehow mo werɛ mpo a, (minnu me ho); na sɛ minuu me ho nso a, na mihu sɛ nhoma no, sɛ ɛyɛ dɔnhwerew pɛ po a, ɛhow mo werɛ. Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ howee nti, na mmom mo werɛ how kɔɔ adwensakra mu; efisɛ mo werɛ howee Onyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu. Na Onyankopɔn kwan so awerɛhow yɛ adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu a wonnu wɔn ho wɔ ho; na wiase awerɛhow de, ɛma owu. Na mo werɛ a ɛhowee Onyankopɔn kwan so no ara, monhwɛ nsiyɛ ko a ɛma moyɛe, ɛne mo anoyi ne ahi ne ehu ne anigyina, ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ. Na biribiara mu no, muyii mo ho kyerɛe sɛ mo ho tew, asɛm no mu. Enti sɛ mekyerɛw mo a, na ɛnyɛ nea ɔyɛɛ bɔne no nti, nso ɛnyɛ nea wɔyɛɛ no bɔne no nti, na mmom sɛnea nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim. Eyi nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekye yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigye no nti, efisɛ mo nyinaa maa ne honhom nyaa ahotɔ. Na sɛ mede mo mehoahoaa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛnea yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokwarem no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho Tito anim no ayɛ nokware. Na ne koma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, ne sɛnea mode suro ne ahopopo gyee no no. M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛm. Nanso, anuanom, yɛrema moahu Onyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no, efisɛ wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, woyii wɔn ayamye kɛse adi kyerɛe, na midi wɔn ho adanse sɛ, wɔde wɔn ankasa pɛ mae sɛnea wobetumi, wɔma ma no boroo wɔn ahoɔden so po, na wɔkotow srɛɛ yɛn pii sɛ, yennye ɔsom a wɔsom ahotefo no mu adom ne ayɔnkofa. Na ɛnyɛ sɛnea na yɛn ani daa so no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so, dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn nso, na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea ofii ase kan no, onwie adom no nso saa ara wɔ mo mu. Na sɛnea moboro so nneɛma nyinaa mu no, gyidi ne ɔkasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adom yi mu nso. Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa ahwɛ. Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo. Na m'adwen a ɛwɔ eyi ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei muwie nea afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko na mufii ase yɛe, na mmom munyaa ho pɛ no nso. Na afei munwie ne yɛ no nso, na sɛnea mowɔ koma a ɛpɛ no, moafi nea mowɔ no mu awie ne yɛ saa ara. Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni. Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn, na mo de mo ho hiahia mo, na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; na saa bere yi mu, mo mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔboaboa bebree ano no, annya ammoro so, na nea ɔboaboa ketewaa bi ano no, anhia no hwee. Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu. Ɛwom sɛ yɛn afotu na otiei de, nanso ne mmɔdemmɔ boro so nti, ɔde n’ankasa ne pɛ so ɔreba mo nkyɛn. Na yɛasoma no ne onua bi a woyi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no, na ɛnyɛ eyi nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnantew nkura adɔe a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ankasa anuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛse no. Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛde kɛse a yɛsom ho yi ho; na yedwen nea ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na nnipa anim nso. Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfo wɔ nneɛma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛm a ɔwɔ mu no nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so. Na Tito de, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfo ma mo; yɛn nuanom no de, wɔyɛ asafo horow no asomafo ne Kristo anuonyam. Enti munyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo horow no anim. Na ɛfa ahotefo som no ho de, enhia me sɛ mekyerɛw mo; efisɛ minim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafo, sɛ Akaiafo siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree. Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ ɔkwa, na sɛnea mekae no, moasiesie mo ho, na sɛ Makedoniafo bi ne me ba na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn po yɛn ani bewu — nyɛ menne mo mmom sɛ yɛde yɛn ho too mo so. Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere. Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu. Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. Na Onyankopɔn betumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na ade nyinaa mu ne daa nyinaa moanya nea ɛdɔɔ mo so nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔto pete, ɔde ma ahiafo, ne trenee no wɔ hɔ daa. Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre. Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamye nyinaa a ɛnam yɛn so ma Onyankopɔn nya aseda. Efisɛ ɔsom yi ho adwuma de, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ nea ehia ahotefo no nko ara, na mmom ɛnam aseda beberee a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so. Na wɔnam mo som a wohu yi so, bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamye a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu, na wɔn ara nso bɛbɔ mpae ama mo, na Onyankopɔn adom a aboro so agu mo so no nti, wɔn ani begyina mo. Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho. Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo. Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoduru a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛm besi me bo makyerɛ ebinom a wobu yɛn sɛ yɛnam ɔhonam fam no so. Na yɛnam ɔhonam mu de, nanso yɛnkɔ ɔsa ɔhonam fam; efisɛ yɛn sa a yetu no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde bedwiriw aban akɛse, na yɛadwiriw adwene ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ayɛ setie ama Kristo, na yɛasiesie yɛn ho sɛ, sɛ mo setie wie pɛyɛ a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were. Mohwɛ ɔhonam ani ade anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛnea ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no. Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔso na ɛnyɛ mo dwiriw nti no ho mpo a, m’ani renwu, na manyɛ sɛ mede nhoma mibeyi mo hu. Na wɔka sɛ: Ne nhoma no de ɛyɛ duru, na ekura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛw, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nni mu. Ma onii no nhu sɛ, sɛnea yenni hɔ a, yɛte wɔ nhoma mu asɛm mu no, saa ara nso na yɛwɔ hɔ a, yɛte nneyɛe mu. Na yensi yɛn bo sɛ yebu yɛn ho fra wɔn a woyi wɔn ho ayɛ no mu bi, anaasɛ yɛde yɛn ho to wɔn ho, na mmom wɔn a wɔde wɔn ho susuw wɔn ho, na wɔde wɔn ho to wɔn ankasa ho no, wonnim nyansa. Na yɛn de, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom, sɛnea susuhama a Onyankopɔn de asusuw ama yɛn sɛ yɛbɛdu mo nkyɛn bi no te no. Na yɛntwe yɛn mu ntra so sɛnea yɛnnu mo nkyɛn; efisɛ yɛde Kristo asɛmpa no abedu mo nkyɛn nso. Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no mma no ntra so ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidi nyin a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛnea yɛn susuhama no te ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a ɛwɔ mo akyi noho, na yɛamfa obi susuhama so anhoahoa yɛn ho nea wɔawie dedaw no. Na nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Awurade mu; efisɛ ɛnyɛ nea oyi ne ho ayɛ na ɔfra, na mmom nea Awurade yi no ayɛ no. Anka munhu me nkwaseasɛm mma me kakra ɛ. Monte me ase. Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Onyankopɔn mu ninkunu. Magye mo aware sɛ ababaa a efi nkaa no na mede no rekɔma ɔbarima biako a ɔno ne Kristo. Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho. Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm a yɛnkae, anaasɛ munya honhom foforo a munnyae, anaasɛ asɛmpa foforo a munnyei a, mugye tom ntɛm! Nanso mibu no sɛ asomafo akɛse no nkyɛn me biribiara mu. Nanso sɛ minnim ɔkasa mu mpo a, ɛnyɛ nimdeɛ, na mmom yɛama biribiara ada adi ama mo, nnipa nyinaa anim. Anaasɛ mayɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase ma wɔmma mo so, sɛ mekaa mo Onyankopɔn asɛmpa no kwa no? Mefow asafo binom ade mefaa no sɛ akatua, sɛ mede merebɛsom mo. Na mewɔ mo nkyɛn na ehiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na nea ehiaa me no, anuanom a wofi Makedonia bae no maame nsa kae; na nneɛma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo. Kristo nokware wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m'ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia fam hɔnom nyinaa. Adɛn ntia? Sɛ mennɔ mo anaa? Onyankopɔn na onim. Na nea meyɛ no, mɛyɛ ara, na masiw wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn nea wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara. Na saa nnipa yi yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nnaadaafo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade a ɛyɛ nwonwa biara; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te. Meka bio sɛ obiara mmmu me ɔkwasea; na sɛ ɛnte saa a, munnye me sɛ ɔkwasea, na me nso mahoahoa me ho kakra. Nea mereka no, menka no Awurade tumi mu, na mmom nkwaseasɛm mu, saa ahohoahoa adwene yi mu. Esiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho ɔhonam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. Na mode anigye nya tema ma nkwaseafo, efisɛ moyɛ mmadwemma. Na sɛ obi di mo nya, sɛ obi didi mo ho, sɛ obi fa mo dommum, sɛ obi ma ne ho so, sɛ obi bɔ mo ani so a, mubehu ama no. Meka no aniwu mu sɛ yɛn de yɛayɛ mmerɛw wɔ mu; nanso nea obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛnea aba biara nni mu), me nso meyɛ nnam wɔ mu bi. Wɔyɛ Hebrifo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ adammɔ, mekyɛn saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro so mu, afiaseda a ɛboro so mu, ɔhwe a ɛtra so mu, owu amane a manya nhui mu. Yudafo nsam wɔabɔ me mmaa aduanan a ɛka so biako mpɛn anum. Wɔaka me mpire mprɛnsa, wɔasiw me abo prɛko, matɔ asu mu mprɛnsa, madi po bun mu adekyee ne adesae Akwantu pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwowtwafo asiane mu, amannifo mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kurow mu asiane mu, sare so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu. Nea ɛkeka ho no nyinaa nna nkyɛn, nea ɛhyɛ me so daa ne asafo no nyinaa ho dadwen. Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔato no hintidua, na me yam nhyehye me? Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho me mmerɛw ho. Awurade Yesu Nyankopɔn ne n'Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ minni atoro. Damasko hɔ na, ɔhene Areta amrado wɛn Damaskofo kurow no sɛ ɔrepɛ me akyere me; na wɔde me too kɛntɛn mu nam mfɛnsere mu faa ɔfasu so gyaagyaa me ma mifii ne nsa guanee. Ahohoahoa ho hia; ɛwom sɛ enye mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehu ne adiyi ho asɛm. Minim onipa bi Kristo mu a, mfe dunan ni, wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, minnim, onni ɔhonam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim saa nipa no. Na minim saa onipa no sɛ,) wɔhwim no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, onni honam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim,) na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka. Saa onipa no fam na mɛhoahoa me ho, na m’ankasa me fam de, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛwyɛ mu. Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom. Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so. Eyi nti mesrɛɛ Awurade mpɛn abiɛsa sɛ emfi me so; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so. Kristo nti m’ani gye mmerɛwyɛ mu, animtiaabu mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den. Mayɛ ɔkwasea! Mo na moahyɛ me. Na me de, anka ɛsɛ sɛ muyi me ayɛ; efisɛ asomafo akɛse no nkyɛn me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo. Ɔsomafo nsɛnkyerɛnne no de, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne tumide mu. Na ɛdɛn mu na motɔɔ sin a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo de, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me! Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; efisɛ menhwehwɛ mo biribiara, na mmom mo ankasa. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade sie ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade sie ma mma. Na me de, mede anigye pii mɛhwere m’ade ne me ho mama mo kra. Na sɛ medɔ mo meboro so saa a, ɛfata sɛ mo dɔ sua sen me de? Na ɛwom sɛ manyɛ mo so adesoa de, nanso meyɛ onitefo nti, mayi mo anitew mu. Menam wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no bi so mibesisii mo anaa? Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito besisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom koro no ara mu na yɛnantewee, anaasɛ anammɔn koro no ara mu? Ɛyɛ mo sɛ yereyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, eyi nyinaa yɛka ma mo nkɔso. Na misuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, ebia ntɔkwako, ahoɔyaw, abufuw, asikan, nsekudi, wesewese, ɔhantan, sakasakayɛ wɔ mo mu; sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodow a wɔayɛ bɔne na wɔnsakraa wɔn adwene, wɔn fi ne aguamammɔ ne ahohwisɛm a wodii no ho. Mpɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefo baanu anaa baasa anom na asɛm biara begyina. Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seisei a minni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea meyɛɛ bere a mebaa hɔ ne mprenu so no, sɛ meba bio a meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Efisɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedi, ɔno na ɔnyɛ mmerɛw mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi. Na mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu de, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi mu te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛw wɔ no mu de, nanso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase mo fam. Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ munnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Ɛnne na anka momfata. Na m’ani da so sɛ mubehu sɛ yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata. Nanso yebɔ Nyankopɔn mpae sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wobehu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ nea ɛyɛ fɛ, na yɛn de yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata. Na yentumi nyɛ hwee ntia nokware no, na mmom nea yetumi yɛ no, yɛyɛ ma nokware. Na sɛ yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yebɔ mpae. Eyi nti na, minni mo nkyɛn yi, mekyerɛw eyi mabrɛ mo, na sɛ meba a, me ne mo anni no dennen, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔso na ɛnyɛ ɔsɛe no te no. Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo. Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa. Paulo a emfi nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no so na ɔyɛ ɔsomafo ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo horow: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te. Ɔno na anuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen. Ɛyɛ me nwonwa sɛ moatwe mo ho ntɛm sɛɛ afi nea wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforo a nso ɛnyɛ asɛmpa foforo biara, na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔhaw mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no. Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo, ka nea moagye no ho a, onnue! Sɛnea yɛkae kan no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue! Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa. Na, anuanom, merema moahu sɛ, asɛmpa a mekae no nte sɛ nnipa ade; efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn, na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so. Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina, nanso mankɔ Yerusalem wɔn a wodii m'anim yɛɛ asomafo no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio. Ɛnna mfirihyia abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na midii ne nkyɛn nna dunum; na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo. Na nea merekyerɛw mo yi, hwɛ, Onyankopɔn anim, merenni atoro. Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia fam. Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim; na ɔte nko na na wɔate sɛ, nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan ɔsɛee no no ho asɛmpa. Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛnna ɛno akyi mfe dunan, me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. Na menam adiyi so na mekɔe, na mede asɛmpa a meka amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no nso anim kokoam), na ammirika a metu anaasɛ mitui no anyɛ ɔkwa. Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu. Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu. Na wɔn a wobu sɛ wɔwɔ din no, (nea wɔte biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me de, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho, na mmom wohui sɛ wɔde momonotofo mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛnea wɔde twetiafo mu de ama Petro no; (na nea ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafo mu somafosom mu no nam me nso so yɛ ade amanaman mufo mu). Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu, gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ. Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi. Ɛne sɛ nnipa bi a wofi Yakobo nkyɛn no nnya mmae no, na ɔne amanaman mufo didi; na wɔbae no, ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ na osuro wɔn a wofi twetiatwafo mu no. Na Yudafo a aka no ne no diinkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔe bi. Na mihui sɛ wɔnnantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani bɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufo sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafo? Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo. Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem. Na yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ wobu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wohu yɛn ankasa nso sɛ nnebɔneyɛfo a, ɛnne na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabida. Na sɛ meto nea madwiriw magu no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni. Na me de, menam mmara so mewu memaa mmara, na matena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnuam; na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu. Mempo Onyankopɔn adom no; efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnne na Kristo awu kwa. O, Galatifo a moyɛ adwenharefo! Hena na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee pa ara ni? Eyi nko ara na mepɛ sɛ mete fi mo anom: Monam mmara nnwuma so na munyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidi (asɛmpa) a motee no so? Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afi ase, afei adɛn na morewie wɔ ɔhonam mu yi? Muhuu saa amane pii yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa de a, ɛnne nea ɔde Honhom no ma mo na ɔda ne tumi adi mo mu no, ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidi (asɛmpa) a motee no so? Na sɛnea Abraham gyee Onyankopɔn dii na wobuu no trenee maa no no, saa ara nso na munhu sɛ wɔn a wofi gyidi mu no, wɔn ara ne Abraham mma. Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa. Ɛnne na wɔn a wofi gyidi mu no, wohyira wɔne gyidini Abraham bom. Na dodow a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma mu no hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ntena nea wɔakyerɛw no mmara nhoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no. Na ɛda hɔ pefee sɛ, mmara mu de, obiara nteɛ Onyankopɔn anim, efisɛ gyidi mu na ɔtreneeni benya nkwa. Ɛwom sɛ mmara mfi gyidi mu de, nanso nea odi so no benya mu nkwa. Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so, na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidi so anya Honhom bɔhyɛ no. Anuanom, mede nea yehu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samansew a wɔde nsa ahyɛ ase mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho. Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo. Na eyi na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfe ahanan aduasa akyi ɛbae no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa. Na sɛ apɛgyade no fi mmara mu a, ɛnne na emfi bɔhyɛ mu bio; na Abraham de, bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no. Na afei, mmara no ne dɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho de kosii sɛ asenni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi nsam. Na ntamgyinafo de, ɔnyɛ obiako dea; na Onyankopɔn de, ɔyɛ obiako. Ɛnne na mmara tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabida. Sɛ wɔmaa mmara bi a ebetumi ama nkwa de a, anka trenee fi mmara mu ampa. Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di. Na gyidi nnya mmae no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛn yɛn maa gyidi a wɔrebeyi akyerɛ no. Enti, na mmara no ayɛ yɛn hwɛfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafi gyidi mu abu yɛn bem. Afei gyidi aba yi, yenhyɛ ɔhwɛfo no ase bio. Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu, efisɛ, mo mu dodow a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnne na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo. Na mise: Ɔdedifo no yɛ akokoaa yi, ɔyɛ nneɛma nyinaa wura de, nanso nsonoe biara nna ɔne akoa ntam, na mmom ɔwɔ ahwɛfo ne afiesohwɛfo ase de kosi da a agya no ahyɛ asie. Sɛ yɛte ara ne no. Yɛyɛ nkokoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase; na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase, sɛ ommegye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔagye yɛn ayɛ mma. Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya! Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Onyankopɔn so yɛ ɔdedifo nso bi. Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio? Mubu nna ne asram ne mmere ne mfe. Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa. Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, efisɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara; nso munim sɛ ɔhonam mmerɛwyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kan no, na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyi, na mmom mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, Yiw, sɛ Kristo Yesu ankasa ara. Na afei mo ahosɛpɛw no wɔ he? Efisɛ midi mo adanse sɛ, sɛ ebetumi a, anka mututuu mo ani maa me. Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa? Ayɛ sɛnea ebinom pɛ mo yiyedi ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wosiw mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom. Nanso eye sɛ anka wɔbɔ mo yiyedi ho mmɔden daa na ɛnyɛ bere a me ne mo wɔ hɔ nko. Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu, anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seisei, na mesakra me nne, efisɛ me tirim ntene me wɔ mo ho. Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara ase, monka nkyerɛ me: Monte nea mmara no se anaa? Na wɔakyerɛw sɛ na Abraham wɔ mmabanin baanu, obiako yɛ afenaa ba, na obiako yɛ ɔdehye ba. Na nea ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no ɔhonam kwan so, na ɔdehye ba no de, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no. Saa ade yi yɛ mfatoho, efisɛ wɔn baanu yi yɛ apam abien; obiako fi Sinai bepɔw so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɛne Hagar. Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu. Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo obonin a wonwo, ma w’ani nnye; wo a wonko awo, di ahurusi teɛm! Efisɛ nea onni bi no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de. Na yɛn de, anuanom, sɛnea Isak te no, yɛyɛ bɔhyɛ mma. Na sɛnea saa bere no nea wɔwoo no ɔhonam kwan so no taa nea wɔwoo no honhom kwan so no, saa ara na ɛte nnɛ ara ne no. Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade. Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehye mma. Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua ntoatoa mo bio! Hwɛ, me Paulo, mise mo sɛ wotwa mo twetia a, Kristo ho remma mfaso biara mma mo. Na midi adanse bio mekyerɛ onipa biara a wotwa no twetia sɛ, etwa no sɛ odi mmara no nyinaa so. Mo a mopɛ sɛ wobu mo bem mmara mu no, moatetew mo ho afi Kristo ho, moafi adom mu ahwe ase. Na yɛn de, yɛnam honhom so, fi gyidi mu twɛn trenee anidaso. Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma. Na moretu mmirika no yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no? Saa adwensakra yi mfi nea ɔfrɛ mo no. Mmɔkaw ketewa bi na ɛkaw mmɔre no nyinaa. Me de, m’ani da mo so Awurade mu sɛ morennwen biribi foforo biara sɛ me de no; na nea ɔhaw mo no, ɔte dɛn ara a, obenya atemmu. Na me de, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnne na anka asɛnnua no hintidua no nni hɔ bio. Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, adi wɔn ho awu! Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho! Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanni mo ho awu. Na mise: Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi. Na ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nhyia, na esiw mo nea mopɛ sɛ moyɛ ho kwan. Na sɛ honhom de mo nam a, na munni mmara ase. Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaepaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni no. Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi nni hɔ a etia eyinom. Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu. Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnantew honhom mu nso. Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho. Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ. Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma. Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ bere ko a ɔnyɛ obiara a, ɔdaadaa ne ho. Na ma obiara nsɔ ɔno ara adwuma nhwɛ, ɛno na obenya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa. Ma nea wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne nea ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa. Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa. Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu. Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo. Monhwɛ nkyerɛwee akɛse a mede me ara me nsa makyerɛw merebrɛ mo yi. Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia. Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ mutwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu. Na me de, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua ama wiase. Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔde foforo. Na dodow a wɔnam saa kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so. Na efi nnɛ, mommma obiara nnhaw me; na meso Awurade Yesu nkamaa wɔ me nipadua mu. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen. Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu, sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim. Oyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu, sɛnea ne pɛ anisɔ te, na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ. Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu. Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu. Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te. Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa. Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no, sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi. Ɔno ara mu na mo nso, motee nokware asɛm a ɛne mo nkwagye ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mugye dii no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no, a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi. Eyi nti me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa no, minnyae mo so aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu. Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu, na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu. Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ a ɔde yɛɛ ade Kristo mu, nyan no fii awufo mu no te. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro, panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu. Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ. Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu, na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no. Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso. Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.) Na wanyan yɛne no, na ɔde yɛne no atena ɔsoro hɔnom, Kristo Yesu mu, sɛ wiase a ɛreba no mu obeyi n'adom ahonya a ɛboro so no adi ayamye a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu. Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde, emfi nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho. Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no. Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwafo, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa ɔhonam mu no frɛ mo momonoto no, monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase. Na afei de, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn. Na ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na wadwiriw fasu a etwa yɛn ntam a ɛne nitan no, efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba, na wafa asɛnnua no so apata aka abien no abɔ Onyankopɔn ho, nipadua biako mu, efisɛ ɔde asɛnnua no akum nitan no. Na ɔbae bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn, efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn. Enti afei monyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom moyɛ ahotefo no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fifo. Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so. Ne mu na nea wɔasi no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrema ne ho so akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu; ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu. Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no. Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu, sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu. Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no. Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo, na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no, sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no, sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no. Ne mu na yɛnam ne ho gyidi so anya nnamyɛ ne ɔkwan, ahotoso mu. Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu. Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no, sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu; na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu, na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no, na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie. Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa, ma no ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw, sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no, ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen. Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo, ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu, mommɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu. Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu: Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako, yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako a odi yɛn nyinaa so na ɔfa yɛn nyinaa mu na ɔte yɛn nyinaa mu no. Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no. Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa. (Na sɛ ose: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnne na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ osian kɔɔ asase ase hɔnom ana? Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.) Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so, akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne nhumu biakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyin a yɛadu Kristo mayɛ susude no tebea so, na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu; na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu. Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu. Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu. Na mo de, moansua Kristo saa, sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no. Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu. Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa. Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so, na mommma ɔbonsam kwan! Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia. Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no. Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ. Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no. Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no. Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo. Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda. Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu. Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so. Enti mo ne wɔn nnni twaka. Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma, efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu, na monsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ. Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama! Efisɛ nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo. Na nneɛma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; efisɛ nea woyi adi nyinaa yɛ hann. Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo. Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye. Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu. Momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma Awurade, monna Agya Onyankopɔn ase daa ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu mu. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no. Na sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no, sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron, na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho. Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no. Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa. Eyi nti na onipa begyaw n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro. Ahintasɛm yi so, na me de, meka no Kristo ne asafo no ho. Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ommu ne kunu. Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so. Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu. Nkoa, momfa osuro ne ahopopo ntie mo honam fam wuranom asɛm mfi mo koma mu, sɛnea moyɛ ma Kristo, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa. Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam. Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ ɔsoro, na ɔno de nnipa animhwɛ bi nni ne fam. Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu. Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no. Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ. Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan; ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa, na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm, na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa, ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ. Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa. Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa. Eyi ara nti mesomaa no mo nkyɛn, na moahu sɛnea yɛn ho te na wahyɛ mo koma den. Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom. Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho ntɔ kyima dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa. Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu. Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa, mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti; na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no. Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no. Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa. Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no, na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi. Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom, ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu, na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro. Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka. Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha, nanso ebinom fi ntɔkwawpɛ mu na ɛbɔ Kristo din, efisɛ ɛnyɛ ne nokware so so, na mmom wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho. Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokwarem oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na eyi mu na medi ahurusi; enti dɛn, m’ani begye ara. Efisɛ minim sɛ ɛnam mo nkotɔsrɛ ne Yesu Kristo honhom boa no so na eyi bɛdan me nkwagye, mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu. Na me de, m’ase a mete ne Kristo, na owu yɛ me mfaso. Nanso sɛ ɔhonam mu asetena yi bɛma m'adwuma akɔ so de a, ɛnne na minhu emu nea memfa. Na mihim nneɛma abien yi ntam. Anka mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye pa ara; nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfaso kɛse esiane mo nti. Na mewɔ saa ahotoso yi, na minim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidi mu anigye akɔ so, na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, esiane meba a mereba mo nkyɛn bio no. Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu, na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn, efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso, efisɛ, mowɔ akodi koro no ara a muhui wɔ me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no. Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a, momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro. Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho. Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi. Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ, na mmom ɔpaa ne ho akyi faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, yiw, asɛnnua ho wu mu po. Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow, nea ɛwɔ ɔsoro, nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase. Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam. Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie; na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegye nyɛ ade nyinaa, na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase, sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa. Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi. Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnye, na mo ne me nni ahurusi. Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ama waba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me. Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de. Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam. Ɔno na m’ani da no so sɛ minya mihu sɛnea m’asɛm bewie ara pɛ a, mɛsoma no. Na mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba. Nanso masusuw ho sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfo ne yɔnko sraani ne mo somafo ne me dɛɛfo, ma ɔba mo nkyɛn; efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare. Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyare de, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko, na me nso bi, na m'awerɛhow annɔɔso. Ɛno nti na mabɔ mmɔden asoma no, na sɛ muhu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhow so ahuan. Enti momfa anigye nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu! Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu. Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim. Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho! Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so. Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ ɔhonam mu biribi a mede me ho mɛto so. Sɛ ɔfoforo bi susuw sɛ ɔwɔ ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bi. Hwɛ, wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe, mifi Israel asefo mu, Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrifo mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini, mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm. Nanso nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere. Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso, na wɔahu me ne mu sɛ minni me ara me trenee a efi mmara mu, na mmom nea ɛnam Kristo ho gyidi so ba, trenee a efi Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidi so. Na anka mahu no yiye, ne ne wusɔre tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wu no, sɛ ebia mɛto awufo mu sɔre no. Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no. Anuanom, me de, minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: Mema me werɛ fi nea atwam no, na metwe me mu mepɛ nea ɛwɔ anim no. Mepem kɔ m'anim sɛ medu botae no ho, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no. Enti momma yɛn mu dodow a yɛyɛ pɛ no nnwen sa; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo. Nanso nea yɛanya dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. Anuanom, munsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛnea mowɔ yɛn sɛ nhwɛso no. Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nnantew ho asɛm kyerɛ mo, na seisei nso mede nusu mereka bio sɛ: Wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfo; wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen. Na yɛn de, yɛn man a yefi mu ankasa ne ɔsoro. Efi hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te. Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo. Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu. Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no. Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! Momma nnipa nyinaa nhu mo abodwokyɛre! Awurade abɛn. Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu. Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen; nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena. Nso m’ani gye kɛse wɔ Awurade mu, sɛ moafi ase redwen me ho bio; modwen me ho de, nanso moannya ho kwan. Ɛnyɛ sɛ ohia nti na meka eyi; efisɛ me de, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔso ma me. Minim ahokyere, na minim ahonya nso. Biribiara ne nneɛma nyinaa akokwaw me, ɔmee ne ɔkɔm ne akonkɔnsɛm ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu. Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu. Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara. Na Tesalonika nso mosomae prɛko ne ne mprenu so de nea ehia me brɛɛ me. Ɛnyɛ sɛ mehwehwɛ akyɛde, na mmom mehwehwɛ aba a ɛma mo akontaa dɔɔso. Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu. Yɛn agya Onyankopɔn na wɔmfa anuonyam mma no daa daa. Amen. Munkyiakyia ahotefo no nyinaa mmiako mmiako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyiakyia mo. Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi. Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom. Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo ne onua Timoteo, de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo. Da biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya ase, efisɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa, esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee. Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no, sɛnea musuae nso fii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo a wabeyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no. Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu, na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefo apɛgyade no fafafo wɔ hann mu no ase, sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu. Ɔno mu na yɛanya ogye ne bɔne fakyɛ. Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso ne abɔde nyinaa farebae, efisɛ ne mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so, nea wohu ne nea wonhu, nhengua oo, wuradi oo, mpanyinni oo, tumidi oo, nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no. Na ɔno na ɔyɛ ade nyinaa kannifo, na nneɛma nyinaa atim wɔ no mu. Na ɔno ne nipadua a ɛne asafo no ti; ɔne mfiase, awufosɔre mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifo. Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu, na ɔnam no so apata Onyankopɔn ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam [n’asɛnnua ho mogya] so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de oo, ɔsoro de oo, ne Onyankopɔn ntam. Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no, afei ɔnam owu so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim; nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no. Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no a mayɛ ne somfo, sɛnea Onyankopɔn fiehwɛdwuma no te. Eyi na wɔde ama me wɔ mo fam sɛ mehyɛ Onyankopɔn asɛm no ma. Yiw, ahintasɛm no a efi mmeresanten ne awo ntoatoaso no so hintawee no, afei wayi no adi akyerɛ ahotefo Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no. Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu. Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te. Na mepɛ sɛ muhu apereapere dennen a midi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wonhuu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho, sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu. Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora. Na meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada. Na sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan a mugyina so ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no. Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara, sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu. Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum; efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu, na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti, ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu. Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so. Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn, na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu, na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu. Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam, na eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na nea edi mu ara ankasa no ne Kristo. Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu. Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no. Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase sɛ: Nso mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka? Saa nneɛma yi nyinaa yɛ nea ɛkyerɛ nneɛma hunu wɔ nnipa ahyɛde ne nkyerɛkyerɛ fam nko. Nea nneɛma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisosom ne ahobrɛase ne atirimmɔden a wɔyɛ no honam so de, na eyinom mfa mfaso mma na mmom ne nyinaa yɛ nea ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ma. Enti, sɛ moanya ne Kristo anyan a, monhwehwɛ nea ɛwɔ soro, nea Kristo te hɔ wɔ Onyankopɔn nifa. Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so. Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu; na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa beyi ne ho adi no, ɛno na wobeyi mo nso ne no adi anuonyam mu. Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom. Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba, (wɔ asoɔdenfo mma so) ɛno na kan a mote mu no, mo nso monantew mu. Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu. Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho efisɛ moayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu, na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so; faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no. Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu. Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo. Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn. Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew. Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani. Agyanom, munnhyɛ mo mma abufuw, na wɔn aba mu ammu. Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn mu, sɛ wɔn a wosuro Awurade. Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no. Na nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu. Awuranom, momfa nea ɛteɛ, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, efisɛ munim sɛ mo nso mowɔ owura ɔsoro. Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu. Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi, na mayi no adi, sɛnea ɛsɛ me sɛ mekasa. Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa. Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara. Tikiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ne m'awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa. Eyi ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekye mo werɛ, na mede Onesimo, onua nokwafo dɔfo a ofi mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa. Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko a munyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so). Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekye. Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. Na midi no adanse sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli. Luka, oduruyɛfo dɔfo no, ne Dema kyia mo. Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi no. Na sɛ wɔkenkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkenkan Laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkenkan nea efi Laodikea no. Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ. Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa. Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo a ɛwɔ agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Ɔdom ne asomdwoe nka mo. Da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din yɛn mpaebɔ mu, na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim. Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yenim mo yi a wɔayi mo, efisɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ ɔkasa ara kwa, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ntease bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no. Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo de Honhom Kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu, na ama moayɛ nhwɛso ama wɔn a wogye di wɔ Makedonia ne Akaia nyinaa. Efisɛ efi mo mu na Awurade asɛm no bɔ petee, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gye a mugye Onyankopɔn di no atrɛw adu mmaa nyinaa, enti ɛmma enhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm bi. Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mugyee yɛn too mu, ne sɛnea moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefo nokwafo, na moatwɛn ne Ba a onyan no fii awufo mu no afi soro, ɔne Yesu a oyi yɛn fi abufuw a ɛreba no mu. Na, anuanom, mo ara munim sɛ yɛn kwan a yenya baa mo mu no anyɛ ɔkwa, na ɛwom sɛ yɛadi kan ahu amane, na wɔbɔɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛnea munim no de, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛmpa no, ɔko bebree mu. Na yɛn afotusɛm no mfi nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisi mu, na sɛnea Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn koma hwɛ no ani. Na sɛnea munim no, Onyankopɔn ne dansefo, yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso, anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn; ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛse sɛ Kristo asomafo; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma. Na esiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye saa nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛe, na yɛn ankasa kra nso bi, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo. Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo. Afei nso munim sɛnea yetutuu mo nyinaa fo mmiako mmiako, sɛnea agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo baninha, na yedii mo adanse sɛ monnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no. Eyi nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ munyaa Onyankopɔn asɛm no fii yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma kɛse. Na mo, anuanom, moayɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, efisɛ mo nso muhuu mo ankasa manfo nsam amane saa ara, sɛnea wɔn nso wohui Yudafo mu no. Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi. Wɔbra yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuw no anya aba wɔn so awie. Na yɛn de, anuanom, wɔyii yɛn fii mo nkyɛn mmere kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ koma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebrebe anigyina pii mu sɛ yebehu mo anim. Enti anka yɛpɛe sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titiriw prɛko ne mprenu so, nanso Satan siw yɛn kwan. Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahohoahoa abotiri yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, ɛnyɛ mo anaa? Yiw, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye. Enti yesom a enso bio no, yɛpenee sɛ wonnyaw yɛn wɔ Atene, na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Nyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ontu mo fo mo gyidi ho, na amanehunu yi anhaw obiara; efisɛ mo ankasa munim sɛ nea etwa sɛ yehu ara nen. Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yebehu amane, sɛnea ɛbae na munim no. Eyi nti me nso, misom a enso bio no, mesomae, na mahu mo gyidi mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfo no asɔ mo ahwɛ, na yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa. Na afei Timoteo fii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidi ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yiye daa, na mopɛ sɛ muhu yɛn sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo kyerɛɛ yɛn no, eyi nti, anuanom, mo gyidi ama yɛn werɛ akyekye mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu, efisɛ mugyina Awurade mu pintinn a, na afei yɛanya nkwa. Na aseda bɛn na yebetumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigye nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho? Awia ne anadwo yɛsrɛ bebree sɛ yebehu mo anim, na yɛama mo gyidi awie mayɛ. Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnan yɛn kwan mmra mo nkyɛn. Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no, na wahyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefo nyinaa ba mu. Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so. Na munim ahyɛde a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no. Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew. Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa yere ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no; sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no. Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu. Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no. Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho; na moyɛ saa nso anuanom nyinaa a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yetu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so, na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ankasa ade, na momfa mo ankasa nsa nyɛ adwuma, sɛnea yɛhyɛɛ mo no, na moanantew sɛnea ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyiri no anim, na biribiara anhia mo. Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ yesi mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no. Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba. Na yɛn de, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛretena ase akosi Awurade ba mu no rensan wɔn a wɔadeda no ho, efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan, ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo werɛ. Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan. Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo. Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea. Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo, na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye. Ɔno na owu maa yɛn sɛ yenyan oo, yɛda oo, yɛne no ntena nkwa mu. Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no. Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo, na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu. Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho. Momma mo ani nnye daa; munnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho. Munnnum honhom no, monntew adiyisɛm atua! Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den. Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho. Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa. Mehyɛ mo Awurade mu sɛ momma wɔnkenkan nhoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ. Mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ɛma yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu. Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo. Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfo adi afi soro, ogyaframa mu, na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, ne yi a woyi wɔn fi Awurade anim ne ne tumi anuonyam ho, bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu. Enti nso yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamye anisɔde ne gyidi adwuma nyɛ ma, na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ no mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no te. Nso yɛsrɛ mo, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho de, mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn. Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo eyinom anaa? Na afei, nea esiw kwan no, munim sɛ wobeyi no adi ne bere mu. Na mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa. Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara biara no adi, nea Awurade de n’anom home besɛe no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no. Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiriwde nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu, esiane sɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no. Eyi nti Onyankopɔn bɛsoma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atoro adi, na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn. Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu. Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam. Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu. Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no, ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu. Nea edi akyiri no, anuanom, mommɔ mpae mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte mo hɔ nso. Na wonyi yɛn mfi nnipa ammumɔyɛfo ne abɔnefo nsam, efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi. Ɔnokwafo ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho no. Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ nea yɛhyɛ mo. Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu. Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho. Na mo ankasa munim sɛ ɛsɛ sɛ musua yɛn, efisɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu, nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, ɛnyɛ sɛ yenni ho kwan, na mmom yɛyɛe sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛso ama mo na moasua yɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnnidi. Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre. Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan. Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu. Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu; nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua. Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa, ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena. Me Paulo nkyia a mede m’ankasa me nsa mekyerɛwee. Eyi di adanse wɔ me nhoma nyinaa mu, sɛ ɔkwan a mefa so kyerɛw ni. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Paulo, Kristo Yesu somafo, sɛnea yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔne yɛn anidaso no hyɛe no, de kɔma Timoteo a ɔyɛ gyidi mu ɔba nokwarem: Ɔdom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. Sɛnea merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso, na woatu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo, nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no. Na afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu. Ɛno na ebinom atere ho adan akɔ nsɛnhuhuw mu pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfo, nanso wɔnte nea wɔka ne nea wɔhyɛ mu den no ase. Na yenim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛte a, eye. Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔn ho ntew na wɔn ho agu fi, agya ne ɛna awudifo, nnipakumfo, aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi, sɛnea nhyira Nyankopɔn anuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no te no. Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu. Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu. Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan. Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso. Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen! Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛnea adiyisɛm a wɔkae wɔ wo ho kan no te no, sɛ fa so ko ɔko pa no, na nya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidi ho no. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksanda a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm. Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, ahemfo ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu. Na eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani. Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa, — sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu. Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu. Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu. Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu. Mmea nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛase nyinaa mu. Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm. Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ. Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara; nanso sɛ ɔtena gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, wobegye no nkwa n’abawo mu. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfo adwuma a, wapɛ adwuma pa. Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwenem tew, ɔyɛ ne ho wosee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ohu kyerɛkyerɛ, ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom odwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛfo, ɔnyɛ sikanibere; odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu. Na sɛ obi nhu ne fi so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so? Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu mu. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete hɔ no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afiri mu. Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duru, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adifudepɛfo; wɔde gyidi ahintasɛm no sie ahonim a emu tew mu. Na wɔnsɔ eyinom nhwɛ kan, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom. Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekufo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware. Asafo mu asomfo nyɛ ɔyerenom mmiako mmiako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ankasa afi so yiye. Na wɔn a wɔsom yiye no nya nnyinaso pa ne nnam bebree, gyidi a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu. M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa de, nanso merekyerɛw eyinom mabrɛ wo ansa, na sɛ ebia mekyɛ a, woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubu wo bra Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no mu. Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu. Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho, atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu. Wosiw aware ho kwan ka se wontua wɔn ho nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ gyidifo ne wɔn a wɔahu nokware mfa aseda nni bi no. Na Onyankopɔn abɔde nyinaa ye, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnne ɛnsɛ sɛ yekyi biribiara; efisɛ wɔde Onyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛtew ho. Sɛ wode eyinom kyerɛ anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa a wudii akyiri no nsɛm ayɛn no. Na mmerewa anansesɛm huhuw no de gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden; na ɔhonam mu mmɔdemmɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa. Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so. Eyinom na tu ho fo dennennen na kyerɛkyerɛ! Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu. Bata akenkan, afotu ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba. Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa. Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu. Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tena mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa. Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmerante sɛ anuanom, mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuammeanom, wɔ ahotew nyinaa mu. Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni. Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na nea ɔyɛ okunafo ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na okura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia. Na nea ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu. Eyinom ho na hyɛ, na wɔannya wɔn ho asɛm bi anka. Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni. Wɔmmfa okunafo a onnya nnii mfirihyia aduosia nhyɛ mu, na mmom wɔmfa nea waware kunu biako, nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi. Na akunafo a wonnyinii de, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔware, na wonya afobu sɛ wɔapa kan gyidi no. Na emu ara nso na wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyin, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ. Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw; efisɛ ebinom aman akodi Satan akyi dedaw. Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma ɛnnyɛ asafo no adesoa, na asafo no nhwɛ wɔn a wɔyɛ akunafo ampa no. Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma. Na kyerɛw no se: Nantwi a ɔporow aburow no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no. Ntie asafo mu panyin ho nkurobɔ, gyee adansefo baanu anaa baasa anom. Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn ntɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro. Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim, sɛ hwɛ eyinom yiye, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so. Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Fa wo ho si hɔ kronn. Nnom nsu nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛw a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi! Nnipa binom bɔne da adi de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi. Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ annyɛ saa mpo a entumi nhintaw. Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura. Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye, efisɛ wɔn a wonya yiyeyɛ no mu biribi no yɛ gyidifo ne adɔfo. Eyinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho fo. Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a, wahoman, na onnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa a nea efi mu ba ne nitan, kunsunkunsun, nsekudi, nnipa ho adwemmɔne, mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde. Nso onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn. Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho. Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu. Mitu wo fo Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yiye dii ho adanse Pontio Pilato anim no anim sɛ, hwɛ ahyɛde no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so. Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen. Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow, na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu. O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew, ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe pae fii gyidi no ho. Adom nka mo. Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo, sɛnea nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no te no, de kɔma ɔdɔba Timoteo: Adom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. Meda Onyankopɔn a mifi me nenanom so mesom no sɛ m'agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo, na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma, na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no. Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyan Onyankopɔn adom akyɛde a ɛnam me nsa a mede miguu wo so no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio; efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de. Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no. Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete na afei wɔnam yɛn agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ayi adi no ho. Ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann. Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo. Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no. So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu. Ade pa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so. Wunim eyi, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adan afi me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene. Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho. Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me. Awurade mma onnya Awurade hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na som a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye. Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. Na wo nso, mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. Obi nkɔ ɔsa mfa daa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani. Na sɛ obi di akansi mu agoru nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te. Okuafo a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ onya mu aba no bi kan. Hu nea mise yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu ntease. Kae Yesu Kristo a ɔsɔre fii awufo mu a ofi Dawid ase, sɛnea m’asɛmpa no te no. Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no. Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam. Nokwasɛm ni: Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase nso. Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. Sɛ yɛnyɛ anokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo ara, efisɛ ontumi mpa ne ho akyi. Eyinom na kae wɔn, na di wɔn adanse Onyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnye hunu a mfaso biara nni so, a ɛsɛe atiefo adwene. Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ. Na nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu, na wɔn asɛm bɛyerɛw sɛ ɔyare bɔne; wɔn mu bi ne Himeneo ne Filetu a wɔapae afi nokware no ho ka sɛ owunyan atwam, na wɔdan binom gyidi butuw. Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho. Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu. Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara. Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi. Na nkwasea akyinnyegye a wɔmfa nsua hwee no de, gu, efisɛ wunim sɛ ɛde ntɔkwaw ba. Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfo, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔtɔ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu, na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu. Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, akakabenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho! Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn a wosua daa, nanso wontumi nhu nokware no da no nnommum. Na sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara na eyinom nso ne nokware no di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe; wɔmfra wɔ gyidi fam. Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛ wɔn de no nso yɛe no. Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimmɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu. Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn. Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso. Na wo de, tena nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu ntetewee. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa. Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm. Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa. Na me de, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me bere a mede mɛsɔre ha ahi. Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi. Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia. Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu. Tikiko de, masoma no Efeso. Sɛ woreba a, fa me batakari a migyawee Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nhoma no brɛ me, ne titiriw no nhomapoee no. Aleksanda, kɔbere dwumfo no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade betua no ka sɛnea ne nnwuma te. Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho; efisɛ osiw yɛn nsɛm ano kwan bebree. Me nyiano a edi kan no mu, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaw me hɔ; wommmu nngu wɔn so. Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom. Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen. Mekyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo! Erasto kaa Korinto, na Trofimo na migyaw no Mileto a ɔyare. Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyiakyia wo. Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo. Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ, daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ, na ɛbere a ɛsɛ mu, oyii n’asɛm adi, asɛnka a wɔnam yɛn agyenkwa Onyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu, de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo. Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no: Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho. Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo, na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso, oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn. Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo atuatewfo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw. Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretefo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo. Adanse yi yɛ nokware. Ɛno nti yi wɔn ntɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidi mu, na wɔanyɛ aso amma Yudafo anansesɛm ne nnipa a wɔdan wɔn ho fi nokware ho no ahyɛde. Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi. Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara. Na wo de, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no. Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonni nseku, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, na wɔde atew mmabaa adwenem ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne. Mmerante nso saa ara na tu wɔn fo, na wonnwen adwempa. Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru, asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka. Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani ade nyinaa mu, wonntuatua nsɛm ano, wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu. Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi. Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi. Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa. Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa. Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho. Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no, emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa. Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii, na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa. Na nkwasea akyinnyegye ne anato ne kunsunkunsun ne mmara ho akasakasa de, twe wo ho fi ho; efisɛ enye mma hwee, na ɛyɛ hunu. Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no! Na hu sɛ, nea ɔte saa no, ne ti asɛe, na ɔyɛ bɔne bu n’ankasa ne ho fɔ wɔ mu. Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekodi awɔw bere. Bɔ mmɔden gya Mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye, na anhia wɔn hwee. Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn. Wɔn a wɔne me wɔ hɔ nyinaa kyiakyia wo. Kyiakyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu. Adom nka mo nyinaa. Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, ne onuabea Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fi: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse. Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam. Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi, nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso. Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo (a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me). Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma. Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu, nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu. Na ebia eyi nti na ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa, ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam. Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara. Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu. Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo. Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo. Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo. Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom. Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no, nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa. Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro, na wakyɛn abɔfo no mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no. Na abɔfo mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ? Na bio: Mɛyɛ no Agya, na wayɛ me ɔba? Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose: Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no! Na abɔfo no ho de, ose: Ɔyɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo ogyaframa Na ɔba no ho de, ose: Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem, w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ. Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo. Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro. Ɛnonom bɛsɛe, na wo de, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa besuw sɛ atade, na wobɛbobɔw no sɛ ofuratam, na wɔasakra wɔn sɛ atade; na wo de, wote sɛ wote ara, na wo mfe renhi da. Na abɔfo no mu hena ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso? Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa? Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfo so kae no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn, na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi. Efisɛ ɛnyɛ abɔfo ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ. Na obi di adanse baabi sɛ: Ɔdesani ne hena a wokae no, anaasɛ onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho? Woama aka kakra na wato abɔfo, wode anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,] wode ade nyinaa ahyɛ n’anan ase. Na sɛ ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase. Na mprempren de, yennya nhui sɛ wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase, Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri. Na ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu. Na nea ɔtew ho, ne wɔn a wɔtew wɔn ho nyinaa wɔ abɔse biako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom, sɛ: Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, asafo mu na mɛto ayeyi dwom mama wo. Na bio: Mede me ho bɛto no so. Na bio nso: Hwɛ me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni. Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no, na wagye wɔn a anka owu ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te ase nyinaa Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfo na oso wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefo na oso wɔn mu gye wɔn. Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nneɛma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na ɛnam sɛ n’ankasa huu ɔsɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no. Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu a odi nea ɔde no sii hɔ no nokware, sɛnea Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no. Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no, sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no. (Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.) Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse. Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei. Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ, nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe, na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan. Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan; sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu da. Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma. Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a, na ɛhefo na wɔtee a wɔtew atua no? Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so fii Misraim nyinaa no anaa? Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa? Na ɛhefo na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no? Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu. Saa nti, ɛnam sɛ wɔagyaw yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyiri. Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔtee no ho mfaso, efisɛ ɛne gyidi no ankɔ bɛn koro mu, wɔn a wɔtee no mu. Na yɛn a yɛagye adi kɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae sɛ: Mekaa ntam m’abufuw mu sɛ: Wɔrenhyɛn me home mu. Nanso wofi wiase fapemto awie nnwuma no dedaw. Na baabi waka ɛda a ɛto so ason no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason fi ne nnwuma nyinaa mu. Na ɛha yi ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛn me home mu. Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kan no ankɔ mu nti, ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kae sɛ: Ɛnnɛ, ɛkyɛe saa no, ɔkae sɛnea yɛabɔ din dedaw no sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma! Na sɛ Yosua ama wɔahome a, anka akyiri yi wammɔ da foforo din bio. Ɛnne na homedadi aka ama Onyankopɔn man. Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no. Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso. Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim. Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen. Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne. Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn. Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama, sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no. Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin, na mmom nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ! Sɛnea ɔkae baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo panyin, Melkisedek akwan so. Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no. Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae, a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no sɔfo panyin Melkisedek kwan so. Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den, nanso ka mo aso asisiw. Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu, na ɔyɛ akokoaa. Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu. Enti momma yɛmfa mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakra ne Onyankopɔn ho gyidi, ne asubɔ horow ho nkyerɛnkyerɛ ne nsaguso ne awufo sɔre ne daa atemmu anto fapem bio. Eyi na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ. Na entumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi, na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden horow ahwɛ, na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu. Na asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi. Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew. Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam de, yɛn ani da nea eye sen saa a ɛbata nkwagye ho so. Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn. Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei, na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo. Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, onni nea ɔso sen no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam sɛ: Ampa ara, nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma woadɔ. Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no. Efisɛ nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den. Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu, na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu. Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ a ɛhyɛn mu de kosi ntwamutam no mu, nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panyin. Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo, Abraham kokum ahene no na ɔresan aba no, okohyiaa no hyiraa no. Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotoso du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ trenee hene kan, na ɛno akyi nso ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoe hene, onni agya nni na nni awo ntoatoaso, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no toto Onyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfo afebɔɔ. Na monhwɛ onipa yi a agya panyin Abraham maa no asade no so ntotoso du du no so a ɔso! Na wɔn a wofi Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛde bi sɛ wonnye ntotoso du du, sɛnea mmara no te, wɔ ɔman no, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso fi Abraham asen mu no, nkyɛn; nanso nea n’abusua mfi wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotoso du du, na ohyiraa nea ɔwɔ bɔhyɛ no. Nso akyinnye biara nnim sɛ nea ɔkyɛn so no na ohyira akumaa. Na ɛha nso, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du, na ɛhɔ de, nea wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase no. Na yebetumi aka sɛ, Lewi nso a ogye ntotoso du du no nam Abraham so maa ntotoso du du no bi, efisɛ bere a Melkisedek behyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asen mu. Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifo asɔfodi so ba a, (efisɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka dɛn hia na ehia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfo foforo bɛsɔre na wɔnka no sɛ Aaron kwan so? Na sɛ wɔsakra asɔfodi no a, etwa sɛ wɔsakra mmara no nso. Na nea wɔbɔ ne din ka nsɛm yi fi abusuakuw foforo a obi mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka ho adwuma pɛn mu. Efisɛ ɛda adi fann sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade puei, nso saa abusuakuw yi Mose ammɔ din anka asɔfodi ho hwee. Na nea ɛma asɛm no da adi fann koraa ne sɛ, ɔsɔfo foforo sɔre Melkisedek nsɛso so a wɔamfa ɔhonam ahyɛde mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛe ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfo. Na wodi ne ho adanse sɛ: Woyɛ Melkisedek akwan so sɔfo daa. Na wogu ahyɛde bi a edi kan wɔ emu ade a ɛyɛ mmerɛw na ɛho nni mfaso nti, (efisɛ mmara no amma biribiara anni mu,) nanso wɔde anidaso a eye kyɛn so a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu. Na sɛnea wɔankwati ntanka anyɛ eyi no, ɛwom sɛ wɔn de, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfo, nanso oyi de, nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Awurade aka ntam, na ɔrennu ne ho sɛ: Woyɛ ɔsɔfo daa no, de ntanka ahyɛ no sɔfo, Sɛnea apam a Yesu adi mu agyinam yi ye kyɛn so ne no. Na wɔn de, esiane sɛ owu amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso, nanso oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo afebɔɔ. Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn. Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro. Ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko pɛ. Na mmara no de, hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panyin. Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro sɛ kronkronbea ne nokware ntamadan a Awurade ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee no mu sɔfo. Na ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma. Na sɛ ɔwɔ asase so de a, anka ɔnyɛ ɔsɔfo mpo, efisɛ asɔfo a wɔde ayɛyɛde ma, sɛnea mmara no te, wɔ hɔ dedaw. Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te. Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo. Na sɛ kan apam no ho nni asɛm a, anka wɔnhwehwɛ nea ɛto so abien tobea. Na onunu wɔn sɛ: Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ose, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo, ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn mifii Misraim asase so no; efisɛ wɔn de, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwen wɔn ho, Awurade na ose. Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem, na makyerɛw wɔ wɔn komam, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani, obi renkyerɛ ne nua sɛ: Hu Awurade! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi ɔkɛse so. Na mɛdom wɔn wɔn amumɔyɛ ho, na wɔn bɔne de, merenkae bio. Nea ɔka sɛ, “foforo” yi no, ɔde ama kan de no dedaw; na nea ɛreyɛ dedaw na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera. Na afei, kan apam no nso wɔ ɔsom ho nsiesiei ne wiase ha kronkronbea de: Efisɛ wosii ntamadan bi a wɔkɔ mu kan a ɔkaneadua ne ɔpon ne abodoo a egu so wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea. Na ntwamutam a ɛto so abien no mu wɔ ntamadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron. Ɛwɔ sika aduhuamhyew muka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ mu. Na ɛso na anuonyam Kerubim a ɛtrɛw mpata agua no so si; nso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm mmiako mmiako mprempren. Na wosiesie nneɛma yi saa a, asɔfo no kɔ ntamadan a wosi mu kan no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma. Na nea ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a n’ankasa ne ɔman no mfomso nti ɔde kɔma. Emu na Honhom Kronkron kyerɛ eyi fann sɛ, ɛbere a wonnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛe no, na ntamadan a edi kan no da so si hɔ. Na ɛno yɛ mfatoho de ma mprempren bere yi, sɛnea wɔde ayɛyɛde nso ma, ɛne afɔre a entumi mma nea ɔsom no nni mu n’ahonim fam, na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no. Nanso, Kristo a ɔbae sɛ nnepa a aba dedaw no ho sɔfo panyin, nam ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so, (a wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu), nanso ɛnyɛ mmerekyi ne anantwi mma mogya, na mmom n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea mu prɛko konyaa daa ogye. Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne nantwibere nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a, mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase? Eyi nti na ɔyɛ Apam foforo ntamgyinafo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapade bɔhyɛ no, esiane owu a owu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kan apam no ho mfomso no. Na nea samansew wɔ no, ɛhɔ na etwa sɛ wɔkyerɛ sɛ nea ɔhyɛe no awu, na samansew tim wɔ awufo so, na nea ɔhyɛe no te ase a, anka emu nyɛ den da. Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kan apam no nso ase. Na Mose kaa ahyɛde biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛnea mmara no te wiei no, ɔfaa anantwi mma ne mmirekyi mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nhoma no ankasa ne ɔman no nyinaa so kae sɛ: Eyi ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya. Na ntamadan no ne asɔfodwuma ho nneɛma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara. Ampa ara, wɔde mogya na ɛtew nneɛma nyinaa ho, sɛnea mmara no te, na mogya angu a, bɔnefakyɛ nni hɔ. Ɛnne na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma nhwɛso no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho. Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn. Nanso wanhyɛn hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre mpɛn pii, sɛnea ɔsɔfo panyin de obi mogya hyɛn kronkronbea daa afirihyia no; ɛnne anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hu amane fi wiase fapem, na afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne. Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wobewu prɛko na ɛno akyi atemmu bɛba no, saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu. Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da; na sɛ asɔrefo a wɔatew wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa? Na mmom bɔne ho nkae wɔ mu daa afirihyia, efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ. Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me. Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani. Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ. Kan no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne nea wɔnam mmara so de ma). Ɛno na ɔkae sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wopɛ; oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ. Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko. Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da. Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa. Na nea aka ne sɛ ɔtwɛn kodu sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso. Na ɔde afɔre koro a ɔbɔe no ayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ. Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanse. Efisɛ ɔkae kan sɛ: Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem, Ɔka toa so sɛ: Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na nea eyinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio. Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron hɔ, esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu, ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti, momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua. Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no, na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no. Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa. Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu. Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no? Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn. Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu. Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo. Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu. Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene. Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa bi na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ. Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no. Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu. Na afei gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye. Na eyi mu na tetefo no nyaa adanse pa. Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae. Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa. Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu; na wɔanhu no, efisɛ Onyankopɔn bɛfaa no kɔ ntia; na ansa na wɔbɛfa no akɔ no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Na sɛ gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ, ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo. Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo. Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ. Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara adedifo Isak ne Yakob tenaa ntamadan mu. Na ɔtwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn. Gyidi na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛnee, ɛbere a watwa ne nyin mu, efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no nokwafo. Enti nso na obiako a owui mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wontumi nkan. Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a na wɔn nsa nkaa bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii, yɛɛ no atuu kae sɛ, wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so. Na wɔn a wɔka saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ kurow bi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa dea. Na sɛ wɔn koma da nea wofi mu bae no so a, anka wɔwɔ akwannya sɛ wɔbɛsan akɔ. Na afei wɔrehwehwɛ kurow a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie kurow bi ama wɔn. Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre, na nea ogyee bɔhyɛ no, de ne ba koro no kɔmae. Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. Osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, akasabebu mu. Gyidi na Isak de hyiraa Yakob ne Esau, nneɛma a ɛbɛba ho. Gyidi na Yakob rebewu no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na omiaa ne pomatiri so sɔree. Gyidi na Yosef regyaa ne honhom mu no, ɔde bɔɔ Israel mma fi a wobefi akɔ no din, na ɔhyɛɛ ne nnompe ho samansew. Gyidi mu na wɔwoo Mose no, n’awofo de koraa no so asram abiɛsa, efisɛ wohui sɛ abofra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no. Gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi. Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no. Gyidi nti na ogyaw Misraim hɔ a wansuro ɔhene abufuw, na omiaa n’ani tenaa mu sɛnea ohu nea wonhu no no. Gyidi na ɔde dii Twam ne mogyapete no, na mmakan no sɛefo no anka wɔn. Gyidi na wɔde twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no sɛ fam a awo. Ɛno na Misraimfo resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn. Gyidi nti na Yeriko afasu a wotwaa ho hyiae nnansɔn no dwiriwii. Gyidi nti na aguaman Rahab a ogyee akwansrafo no asomdwoe so no ansɛe amfra wɔn a wɔannye anni no mu. Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me. Wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim, dii asɛntrenee, nyinyaa bɔhyɛ, siw agyata ano, dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui. Mmea nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree; na ebinom nso, wɔde wɔn goruu atɔprɛ, na wɔampɛ ogye, na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so. Na afoforo huu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso. Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmirekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane. Wɔn a wɔnsɛ wiase, wokyinkyin sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atu mu. Na eyinom nyinaa a wɔnam gyidi so nyaa adanse pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ. Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti. Mo ne bɔne redi ako yi, munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ, na mo werɛ afi afotu a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso oyi wo ntɛn a, mma w'aba mu mmu. Na nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ogye no. Sɛ muhu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso? Na sɛ munni asotwe a wɔn nyinaa anya bi no bi a, ɛnne na moyɛ aguaman mma, na ɛnyɛ mma mapa. Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase? Na wɔn de, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔ wɔn ani so nko, na ɔno de, yɛn yiye nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahotew no bi. Na asotwe biara, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no. Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio. Na munsiesie ɔkwan trenee mma mo anan, na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare. Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi. Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree, na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro. Na munim sɛ, akyiri yi nso a ɔpɛe sɛ onya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nusu hwehwɛɛ adwensakra kwan de, nanso wanhu. Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu ne torobɛnto gyigye ne nsɛm nne a wɔn a wɔtee no srɛe sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho. Na wɔantumi nea wɔhyɛe a ese: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔw no a, wonsiw no abo. Na nea epuei no yɛ hu pii nti, Mose kae sɛ: Misuro, na me ho popo! Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam, ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua, ne nnipa nyinaa ɔtemmufo, Onyankopɔn, ne atreneefo a wɔayɛ pɛ ahonhom, ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho. Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan? Ɔno na ɛbere no mu ne nne wosow asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwosow prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso. Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nneɛma a wɔwosow no nsakrae, sɛ ɛyɛ ade a wɔayɛ, na nneɛma a ɛnwosow no atena hɔ. Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu. Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew. Onuadɔ ntena hɔ daa. Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so. Monkae nneduafo, sɛnea mo ne wɔn na ɛda duam, ne wɔn a wohu amane biara, sɛ mo ankasa nso da so wɔ ɔhonam mu yi. Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da. Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: Awurade ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn? Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi. Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa. Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara. Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi. Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panyin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhyew wɔn afunu nsra no akyi. Na Yesu nso, nea ɛbɛyɛ na ɔde n’ankasa ne mogya atew ɔman no ho nti, ohuu amane, kurow no pon akyi. Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora. Na yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛrehwehwɛ. Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no. Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani. Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo. Mommɔ mpae mma yɛn; efisɛ yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu. Na mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa. Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no, onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen. Anuanom, mesrɛ mo sɛ, muntie afotusɛm yi; efisɛ makyerɛw no nsɛntiaa bi mamena mo. Munhu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abehu mo. Munkyia mo mpanyimfo nyinaa ne ahotefo nyinaa. Wɔn a wofi Italia kyia mo. Adom nka mo nyinaa. [Amen]. Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo. Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ. Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi. Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba. Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi. Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu. Na ma onua a wabrɛ ase nhoahoa ne ho, ne so a wɔrema no mu, na ɔdefo nso, n’ase a wɔrebrɛ no mu, efisɛ ɔbɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren. Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so. Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no. Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka se: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu. Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu. Ɔnam n’ankasa pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔde no mu adekan bi. Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw; efisɛ onipa abufuw nyɛ Onyankopɔn trenee mu ade. Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no. Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae. Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtenaa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa. Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu. Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra. Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atade tantan ba hɔ, na mohwɛ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no, na moka se: Wo de, tena nea eye ha! Na moka kyerɛ ohiani no se: Wo de, gyina noho anaasɛ tena me nan ase agua ho ha a, ɛno ɛnyɛ ɔpae na mopaepae mo mu, na moayɛ atemmufo a wokura adwemmɔne? Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo? Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii? Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne? Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye. Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo. Na nea obedi mmara nyinaa so na ɔbɛto biako no, na wadi ne nyinaa ho fɔ. Efisɛ nea ɔkae se: Nsɛe aware no, ɔkae nso se: Nni awu! Na sɛ wonsɛe aware na wudi awu a, na woayɛ mmara no tofo. Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn. Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim. Me nuanom, sɛ obi ka se ɔwɔ gyidi, nanso onni nnwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Gyidi betumi agye no anaa? Na sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam. Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi. Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo. Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa? Ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔremuka so no? Woahu sɛ ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ, na kyerɛw a ese: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo, no baa mu. Muhu sɛ efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu. Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no? Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu. Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom. Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so. Yɛde nnareka to apɔnkɔ anom sɛ wontie yɛn, na yɛdannan wɔn aboa mu nyinaa. Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ. Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew! Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano. Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn. Na tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma. Ɛno na yɛde hyira Awurade ne agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so. Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa! So asuti bi fi nsu dɛdɛ ne nwenenwene wɔ ani koro mu? Me nuanom, so borɔdɔma betumi asow ngodua aba? Anaasɛ obobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara nso na asuti nkyenenkyene rentumi mma nsu pa. Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu. Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnne monnhoahoa mo ho, na munnni atoro nntia nokware. Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de. Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ. Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom. Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade. Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya, efisɛ mummisa. Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu. Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo. Anaasɛ mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu? Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo. Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta! Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan aniwu! Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so. Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo. Obiako ne mmarahyɛfo ne temmufo, ɔne nea obetumi agye na wasɛe. Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn? Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso. Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera. Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka se: Sɛ Awurade pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi. Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne. Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no. Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom! Mo ahonyade aporɔw, na nwewee awe mo ntade. Mo sika ne dwetɛ agye nkannare, na ɛho nkannare no bedi mo adanse, na ebedi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ ademude, nna a edi akyiri mu. Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom. Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma wɔ okum da. Moabu nea ɔteɛ no fɔ akum no; onsiw mo kwan. Enti, anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom nsu. Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn. Anuanom, munngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufo no gyina ɔpon ano. Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ. Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu. Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom. Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo Awurade din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no. Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree. Na Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpae dennen sɛ osu nntɔ. Na osu antɔ asase so mfirihyia abiɛsa ne asram asia. Na ɔbɔɔ mpae bio, na ɔsoro tɔɔ osu, na asase sow n’aba. Me nuanom, sɛ mo mu bi fom fi nokware no ho na obi dan no a, onhu sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye ɔkra afi owu mu, na wakata bɔne pii so. Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn, sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo. Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu. Ɛno mu na mo ho san mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔhow mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahorow bebree mu, na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu. Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mo ho san mo anigye a enni kabea a anuonyam wɔ mu mu, sɛ munya mo gyidi awiei a ɛne mo kra nkwagye no. Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu. Wɔhwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyiri animuonyam a ɛbɛba no ho. Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu. Enti mommɔ mo adwene mu abɔso, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa. Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no, na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron. Na sɛ mofrɛ nea ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no sɛ Agya a, momfa osuro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bere yi mu, sɛ munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo. Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu. Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen. Na wɔamfi aba a ɛporɔw mu, na mmom wɔafi nea ɛmporɔw mu, ɛne sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm a ɛte ase na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforo. Efisɛ ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura mu nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; na Awurade asɛm de, ɛte hɔ daa. Na eyi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no. Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu, na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu, bere a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam ye. Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apa no na Onyankopɔn de, wafa no na ne bo yɛ den a, mo nso momma wɔmfa mo sɛ abo a nkwa wom nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuw kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani. Efisɛ ɛwɔ kyerɛw no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tibo a wɔayi no na ne bo yɛ den mato Sion, na nea ogye no di no ani renwu. Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de, ɔbo a abantofo apo no na ayɛ tweaso tibo, ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae. Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ. Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu. Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho, na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”. Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumi nyinaa, Awurade nti; Ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, sɛ nso amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo. Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano, sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa. Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni! Nkoa, momfa osuro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a woye na wodwo nko, na wɔn a wɔhyɛ mo so nso bi. Na eyi yɛ anuonyam, sɛ Onyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhow hu amane a ɛmfata no, na ogyina hɔ pintinn. Na ɛyɛ anuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na motɔ mo bo ase gye? Na mmom sɛ moyɛ papa, na muhu mu amane, na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ anuonyam Onyankopɔn anim. Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo, gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom. Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanhunahuna, na mmom ɔde n'asɛm hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa. Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare. Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn. Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu. Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim. Na saa na tete no mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ankasa wɔn kununom, sɛnea Sara tiee Abraham frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na munsuro ahude biara a, moayɛ ne mma. Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no adedifo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw. Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene. Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira. Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm. Ma no nkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi. Efisɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ, na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne. Na sɛ mudi papa akyi a, hena ne nea ɔbɛhaw mo? Na sɛ trenee nti muhu amane nso a, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo nntutu. Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu. Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ muhu amane sɛ papayɛfo a, eye kyɛn sɛ muhu sɛ abɔneyɛfo. Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu. Ɛno mu nso na ɔkɔe kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu. Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de. Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no. Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ), na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde. Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne. Wɔn na wobeyi ano akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no. Na eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ ɔhonam mu, na wɔatena ase honhom mu sɛ Onyankopɔn. Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ. Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so. Monyegye mo ho hɔho a huhuhuhu nni mu. Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa. Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen. Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo; na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso. Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so. Na mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu. Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu. Na bere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn? Na sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye onipa trenee a, ɛhe na nea ɔmfɛre Nyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfo begyina? Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu. Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no. Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no. Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo. Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho. Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu. Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso. Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi. Asafo a ɛwɔ Babel a wɔapaw wɔn sɛ mo no ne me ba Marko kyia mo. Momfa ɔdɔ mfewano nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa. Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu: Adom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu. Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu. Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsosoe akɛseakɛse a ne bo yɛ den, na sɛ moanya aguan akɔnnɔ mu porɔw a ɛwɔ wiase a, moafa eyinom so anya Onyankopɔn su no bi. Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidi ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho, na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho, na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho. Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam. Efisɛ nea eyinom abɔ no no yɛ onifuraefo, na n’ani anyam, onhu akyiri ade, na ne werɛ afi ne bɔne a wayɛ dedaw no ho hohoro. Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yi mu den; na sɛ moyɛ eyinom a, morenhintiw da. Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu. Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo eyinom daa, nanso munim dedaw, na moatim nokware a ɛwɔ hɔ yi mu. Nanso mibu no sɛ ɛteɛ sɛ mete ntamadan yi mu yi, mede nkae mekanyan mo, efisɛ, minim sɛ ɔpa a wɔbɛpa me ho ntamadan yi bɛba ntɛm so, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no. Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefi akyi no, moatumi akae eyinom da biara. Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a na yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae. Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye. Munhu eyi kan sɛ kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae. Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so. Na bebree bedi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne. Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko. Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a, na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo ne nnipa baasɔn a wɔka ne ho na ogyee wɔn na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no, na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde, na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no; (na nea onipa trenee no tenaa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa); Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da; ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne. Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim. Na eyinom de, wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn. Wɔka nea wonnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ankasa sɛe mu, na wobenya nea ɛnteɛ so akatua. Nea wobu no anigye ne daa ahohwi asetena, wɔyɛ nkekae ne dɛm, wɔde wɔn apempensi bɔ ahohwi, nanso wɔne mo redidi, wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma, wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua, nanso onyaa ne mmarato ho atɛnyi; afurum a ontumi nkasa de onipa nne kasae, siw odiyifo no nkwaseasɛm no kwan. Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn. Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe. Wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ, na wɔn ankasa de, wɔyɛ ɔporɔw nkoa, efisɛ nea adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa. Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no. Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho. Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe ho bio, na prako a wɔaguare no no asian kɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu. Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen, sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no. Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka se: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase. Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so. Wɔn so ara na ɛnam na nsu yirii sɛe wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn bere so no. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no. Na, adɔfo, mommma ade biako yi nnhintaw mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro. Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu. Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew. Enti sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew. Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu no. Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu, na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no, sɛnea ɔyɛe ne nhoma nyinaa a ɔka eyinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ntease yɛ den, na wɔn a wonsuaa ade na wɔn ase ntimii toto no, sɛnea wɔyɛ kyerɛw nsɛm a aka no nso, ma wɔn ankasa sɛe no. Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase. Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen. Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho, na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo, nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ. Yɛkyerɛw eyinom brɛ mo, na yɛn anigye awie pɛyɛ. Na kaseɛ a yɛtee ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa. Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yedi atoro na yɛnnantew nokware mu. Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu. Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu. Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma ɔdan ɔtorofo, na n’asɛm no nni yɛn mu. Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi. Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no. Nea ɔka sɛ: Minim no, na onni n’ahyɛde so no yɛ ɔtorofo, na nokware no nni ne mu. Na obiara a odi n’asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu. Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee. Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛde foforo na merekyerɛw mabrɛ mo, na mmom ahyɛde dedaw a moanya fi mfiase no. Ahyɛde dedaw no ne asɛm a moate no. Nso merekyerɛw ahyɛde foforo mabrɛ mo a ɛyɛ nokware wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwam, na nokware hann no anya rehyerɛn. Nea ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de besi sesɛɛ. Nea ɔdɔ ne nua no te hann no mu, na hintidua nni ne mu. Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani. Mma nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo, sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo. Agyanom, merekyerɛw mabrɛ mo efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no. Mmerante, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔne no so nkonim. Mmofra nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, moahu Agya no. Agyanom merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no Mmerante makyerɛw mabrɛ mo mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔne no so nkonim. Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa. Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛno na yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni. Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho. Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de. Mankyerɛw mammrɛ mo sɛnea munnim nokware no, na mmom sɛ munim, ne sɛ atoro biara mfi nokware no mu. Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no. Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso. Enti mo de, nea mote fii mfiase no, momma ɛntena mo mu; na sɛ nea mote fii mfiase no tena mo mu a, ɛnne mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu. Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no. Nea makyerɛw mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho. Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, enti enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛnea ɔsra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro. Na sɛnea akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu! Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛm, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu. Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no. Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no. Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew. Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato. Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu. Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu no, nanso onnim no. Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Nea ɔyɛ nea ɛteɛ no, ɔteɛ sɛnea ɔno nso teɛ. Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ ne su te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no. Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ. Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa. Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu akɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ no te wu mu. Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentena owudifo biara mu. Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom. Na nea ɔwɔ wiase asetenade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn? Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu. Na eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa. Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnne yɛde nnam kɔ Onyankopɔn anim, na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no. Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no. Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase. Eyi mu na munhu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no fi Nyankopɔn mu. Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfi Nyankopɔn mu. Na eyi ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no de. Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu. Wɔn de, wofi wiase. Eyi nti na wofi wiase kasa, na wiase tie wɔn. Yɛn de, yefi Nyankopɔn mu. Nea onim Nyankopɔn no tie yɛn, na nea omfi Nyankopɔn mu no ntie yɛn. Eyi mu na yehu nokware honhom ne nnaadaa honhom. Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na onim Nyankopɔn. Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn, na Onyankopɔn ne ɔdɔ. Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata. Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnne ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. Obi nhuu Nyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu. Eyi mu na yehu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom. Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa. Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu. Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu. Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da, efisɛ sɛnea ɔno te no, sɛ nso yɛte ewiase ha ne no. Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu, efisɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na nea osuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu. Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan. Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso. Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma. Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den. Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi. Ɛhena ne nea odi wiase so nkunim sɛ nea ogye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba no? Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsu nko mu, na mmom ɛyɛ nsu ne mogya mu. Na honhom no na edi adanse, efisɛ honhom no ne nokware. Na baasa na edi adanse, honhom ne nsu ne mogya, na baasa yi bom yɛ biako. Yegye nnipa adanse a, Onyankopɔn adanse so kyɛn no, na Onyankopɔn adanse ne adanse a wadi ne ba ho no. Nea ogye Onyankopɔn ba no di no wɔ adanse n’ankasa ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama wadan ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni. Na eyi ne adanse no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu. Nea ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no; nea onni Nyankopɔn ba no, onni nkwa no. Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo a mugye Onyankopɔn ba no din di, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Onyankopɔn ba no din adi. Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn, nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no. Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa. Nea ɛnteɛ nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owu mu. Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no. Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase. Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no. Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi ahonisom ho. Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokware mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahu nokware no nyinaa, nokware a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti: Adom, mmɔborohunu ne asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so, nokware ne ɔdɔ mu no. M’ani agye sɛ, sɛ mahu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokware mu, sɛnea yɛanya ahyɛde afi Agya no nkyɛn no. Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ merebɛkyerɛw wo ahyɛde foforo, na mmom nea yenyae fi mfiase no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no. Na eyi ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnantew sɛnea ahyɛde no te. Eyi ne ahyɛde no, sɛnea moate fi mfiase, sɛ monnantew mu. Na nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Eyinom ne ɔdaadaafo ne antikristo no. Monhwɛ mo ho so yiye, na moanhwere nea yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu. Obiara a ɔfom so na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no. Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo. Mewɔ nsɛm pii a anka mɛkyerɛw mabrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri mekyerɛw. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigye awie pɛyɛ. Wo nuabea a wɔayi no, mma no kyia wo. Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokware mu no. Ɔdɔfo, miyi mpae sɛ, ade nyinaa mu, ensi wo yiye, na nya ahoɔden, sɛnea asi wo kra yiye. Bere a anuanom bi bae, na wobedii wo nokware ho adanse sɛnea wonam nokware mu no, m’ani gyei sɛ. Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu. Ɔdɔfo, nea woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔho no, ne kwan so ara nen. Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim. Na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a na wayɛ no yiye. Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribiara. Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no. Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara. Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu. Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn. Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware. Anka mewɔ nsɛm pii mekyerɛw, nanso mempɛ sɛ mede adubiri ne kyerɛwdua kyerɛw brɛ wo. Na m’ani da so sɛ mehu wo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa. Asomdwoe nka wo. Nnamfonom kyiakyia wo. Bobɔ nnamfonom no din mmiako mmiako kyia wɔn. Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no: Mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ mmoroso nka mo. Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho. Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no. Na mepɛ sɛ mekae mo a moahu eyi prɛko dedaw sɛ: Awurade gyee ɔman no fii Misraim asase so no, akyiri no, ɔsɛee wɔn a wonnye nni no. Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu. Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe. Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne. Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim! Na eyinom de, wɔka nea wonnim no ho nsɛmmɔne, na nea wofi wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wonni adwene no, ɛno mu na wogu wɔn ho fi. Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu. Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu, po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa. Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho. Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa. Na mo, adɔfo de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no, sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛbere a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bɛba a wobedi wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi. Eyinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyidifo a wonni Honhom no. Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu. Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan nipasu a ɛte sɛ atade a nkekae akeka mu nso. Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen. Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane a wadi Nyankopɔn asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse. Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn. Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim, ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu, na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen. Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen. Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfo no. Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti. Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea. Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua asɔn, na akaneadua no mfinimfini no, mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atade yuu, na ɔde sika abɔso abɔ ne koko so. Na ne ti ne ne nwi hoa sɛ oguanten ho nwi fitaa, sɛ sukyerɛma, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ asu bebree nne, na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu. Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo, ne nea ɔte ase no. Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman nsafe. Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba: Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no. Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se: Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefo, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo a wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofo. Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw. Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no. Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene. Nanso eyi na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifo nnwuma a me nso metan no. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi. Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se: Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm. Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, owuprenu renka no. Na Pergamum asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura afoa anofanu nnamnam no se: Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ. Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no. Saa ara nso na wowɔ wɔn a wokura Nikolaifo nkyerɛkyerɛ no mu. Enti sakra w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anom afoa ne wo ako. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no. Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se: Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no. Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom. Na mama no bere sɛ ɔmfa nsakra n’adwene mfi n’aguamammɔ mu, na wansakra. Hwɛ, mede no mɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no magu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu. Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te. Na mise mo a moaka Tiatira no, dodow a wonni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wonhuu Satan bun mu sɛnea wɔka no no sɛ: Merensoa mo adesoa foforo. Nanso nea mowɔ no, munso mu dennen nkosi sɛ mɛba. Na nea odi nkunim ne nea okura me nnwuma kosi ase no, mɛma no amanaman so tumi, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku, sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no; na mɛma no adekyee nsoromma no. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu. Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so. Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wonguu wɔn ntade ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata. Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’agya ne n’abɔfo anim. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no. Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo no, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no, minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, na woadi m’asɛm so, na woampa me din. Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo. Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu. Mereba ntɛm; so nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri. Nea odi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se: Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, mefe wo afi m’anom. Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani. Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade. Dodow a medɔ wɔn no, miyi wɔn ntɛn na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene! Hwɛ, mabegyina ɔpon ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na me ne no abedidi, na ɔne me nso adidi. Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Eyi akyi no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahiɛ ɔpon ɔsoro, na ɛnne a metee kan sɛ torobɛnto a ɛne me kasae no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba. Na ntɛm ara na mewɔ honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so. Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti. Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim. Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahengua no anim, na ateasefo baanan a aniwa ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyi mama wowɔ ahengua no ho wɔ mfinimfini, na wɔatwa ahengua no ho ahyia. Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefo a ɔto so abien no te sɛ nantwi ba, na ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefo a ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a otu. Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba. Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a, mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ: Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe. Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano. Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no? Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a obetumi abue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. Na misui pii, efisɛ wonhu obi a ɔfata sɛ obebue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no. Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no. Na ɔbae begyee nhoma no fii nea ɔte ahengua no so no nifa mu. Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no. Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene. Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem, na wɔde nne kɛse too dwom sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira. Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa. Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree. Na mihui sɛ oguammaa no tew nsɔano no mu biako ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu biako de nne a ɛte sɛ ɔprannaa kae sɛ: Bra! Na mihui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura tadua. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkunim na wakodi nkunim. Na ɔtew nsɔano a ɛto so abien no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no se: Bra! Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi. Na ɔtew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam. Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee! Na ɔtew nsɔano a ɛto so anan no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi ni, na nea ɔte no so no din de Owu, na asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn. Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase. Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, Tumfo, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenntɔ wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn? Na wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome bere tiaa bi bio nkosi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wobekum wɔn te sɛ wɔn no nso dodow bɛso ano. Na ɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, mihui, na asase wosowee kɛse, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitam, na ɔsram dan sɛ mogya. Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛse wosow no tetew n’aba bun gu. Na ɔsoro yerae sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne nsupɔw nyinaa tutu fifii nea na ɛwowɔe. Na asase so ahene ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho, efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano? Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so. Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no sɛ: Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde agyirae besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so. Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu. Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumien, Ruben abusuakuw mu, mpem dumien, Gad abusuakuw mu, mpem dumien, Aser abusuakuw mu, mpem dumien, Naftali abusuakuw mu, mpem dumien, Manase abusuakuw mu, mpem dumien, Simeon abusuakuw mu, mpem dumien, Lewi abusuakuw mu, mpem dumien, Isakar abusuakuw mu, mpem dumien, Sebulon abusuakuw mu, mpem dumien, Yosef abusuakuw mu, mpem dumien, Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dumien. Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw, na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea. Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn to dwom sɛ: Amen, nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa! Amen. Na mpanyimfo no mu biako bisaa me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he? Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so. Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn. Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu. Na ɔtew nsɔano a ɛto so ason no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwerew fa. Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn. Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so. Na nnuhuam no wusiw kaa ahotefo mpaebɔ ho fi ɔbɔfo no nsam foro kɔɔ Onyankopɔn anim. Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae. Na abɔfo baasɔn a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn. Na nea odi kan no hyɛnee. Na amparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asase so. Na asase nkyɛm abiɛsa mu biako hyewee, na nnua nkyɛm abiɛsa mu biako nso hyewee, na nwura momono nyinaa nso hyewee. Na ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛnee. Na wɔtow ade bi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ogya rehyew no kyenee po mu, na ɛpo nkyɛm abiɛsa mu biako dan mogya, na abɔde a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyɛm abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn nkyɛm abiɛsa mu biako nso sɛee. Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛnee. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn fi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsu aniwa so. Na nsoromma no din de Awɔnwene, na nsu no nkyɛm abiɛsa mu biako yɛɛ nwene, na nnipa pii wuwui, nsu no nwene a ayɛ no nti. Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛnee ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛm abiɛsa mu biako ne ɔsram nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na nkyɛm a ɛto so abiɛsa no duduruu sum, na adekyee mu nkyɛm abiɛsa mu biako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara. Na mihui, na metee sɛ ɔkɔre biako a otu faa ɔsoro mfinimfini no de nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔn a wɔte asase so no nnue, wonnue, wonnue, torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nne no nti! Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnn ne torobɛnto. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no. Na obuee ebun abura no ano, na owusiw a ɛte sɛ ɔfononoo kɛse mu wusiw fii abura no mu, na owia ne ahun mu duruu sum, abura no mu wusiw no nti. Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛe asase so nkekantwɛre tumi. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono biara anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔn moma so no nko. Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de. Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owu, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan wɔn. Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmea nwi, na wɔn se te sɛ agyata se. Na wɔwowɔ nkatabo te sɛ dade nkatabo, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam de. Na wɔwowɔ dua te sɛ nkekantwɛre, na nwowɔe wɔ wɔn dua mu, na wɔn tumi ne sɛ wɔnhaw nnipa asram anum. Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion. Mmusu biako atwam. Hwɛ, eyi akyi mmusu abien da so reba. Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu a ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no. Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyɛm abiɛsa no mu biako. Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ano si ɔpedu ahorow ɔpeduonu. Na sɛnea mihuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no, anisoadehu no mu ni: Wɔwɔ ogya ne afasebiri ne sufre nkatabo, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom. Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so de gya ne wusiw ne sufre a efifi wɔn anom no so kunkum nnipa nkyɛm abiɛsa mu biako. Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no te sɛ awɔ, na ɛwowɔ ti, na ɛno na wɔde pira. Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne duaahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nnantew. Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho. Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na okura nhoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsam, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so. Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae. Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw! Na ɔbɔfo a mihuu no sɛ ogyina po ne asase so no maa ne nsa nifa so kyerɛɛ ɔsoro. Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Bere bi nni hɔ bio, na mmom nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no bɛhyɛn n'abɛn no, na Onyankopɔn ahintasɛm aba mu, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifo no. Na ɛnne a mete fii soro no ne me kasae bio sɛ: Kɔ kogye nhoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfo a ogyina asase ne po so no nsam. Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwenenwene wo yam, na w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo. Na migyee nhoma ketewa no ɔbɔfo no nsam memenee, na ɛyɛɛ fremfrem m’anom sɛ ɛwo, na miwiee di no, ɛyɛɛ nwenenwene wɔ me yam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio. Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kae sɛ: Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no. Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien. Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia. Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara. Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ. Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn. Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no. Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu. Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so. Na nnansa ne fa akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa hɔ, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no. Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn. Na ɛdɔn no ara mu asase wosowee kɛse, na kurow no nkyɛm du mu biako hwee ase, na asasewosow no kum nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkae no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam. Mmusu a ɛto so abien no atwam. Hwɛ, Mmusu a ɛto so abiɛsa reba ntɛm. Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa. Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔkotow Onyankopɔn kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a wowɔ hɔ dedaw, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woafi ase di hene. Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no. Na wohiɛɛ Onyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wohuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne asukɔtweaagu kɛse bae. Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti, na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no. Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti. Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na ɔtotow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no begyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no. Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma bedi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn. Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia. Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na odii wɔn so, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu. Eyi nti ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa. Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no. Na wɔmaa ɔbea no, ɔkɔre kɛse no ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne tenabea, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne bere fa afi ɔwɔ no anim. Na ɔwɔ no puw n’anom nsu te sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no. Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no. Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa. Na okogyinaa mpoano anwea so. Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho. Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n'ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse maa no. Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi. Na wɔkotow ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotow aboa no kae sɛ: Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako? Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien. Na obuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntamadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm. Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi. Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no. Sɛ obi wɔ aso a, ontie. Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ. Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ. Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no. Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so, nnipa anim. Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no. Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no po akasa, na wama wɔakum dodow a wɔnkotow aboa no honi no. Na ɔma nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyirae, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so, nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko. Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Nea ɔwɔ ntease mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia. Na mihui, na hwɛ, Oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho. Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔrebɔ wɔn asanku. Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko. Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu ayɛ wɔn aba a edi kan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no, na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm. Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no. Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babel kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi. Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abiɛsa dii wɔn akyi de nne kɛse teɛɛm sɛ: Sɛ obi kotow aboa no ne ne honi no, na ogye agyirae de si ne moma anaa ne nsa so a, ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim. Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo. Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no. Na metee nne bi fii soro a ɛkae sɛ: Kyerɛw sɛ: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se: Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi. Na mihui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so, na ɔbɔ sika abotiri na okura kantankrankyi nnamnam bi. Na ɔbɔfo foforo fi asɔredan no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: Tow wo kantankrankyi twitwa, efisɛ twa bere adu, na asase so nneɛma ahoa. Na nea ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi tow asase so, na wotwitwaa asase so nneɛma nyinaa. Na ɔbɔfo foforo fii soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam. Na ɔbɔfo foforo a ɔwɔ ogya so tumi fii afɔremuka no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: Tow wo kantankrankyi nnamnam no twitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere. Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no tow asase so, na otwitwaa asase so bobe aba, na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no mu. Na wotiatiaa nsa-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsa-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia. Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to. Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a ogya fra mu. Na wɔn a wodii aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkunim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Onyankopɔn asanku. Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi. Na eyinom akyi no mehwɛe, na wɔahiɛ adanse ntamadan no asɔredan no ɔsoro. Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu. Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama. Na owusiw a efi Nyankopɔn anuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ wowiee abɔfo baason no ɔhaw mmusu ason no ansa. Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu asase so. Na nea odi kan no kɔe, na okohwiee ne kuruwa no guu asase so. Na akisikuru bɔne baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no so. Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui. Na nea ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten ne asuti mu, na ɛdan mogya. Na metee sɛ nsu so bɔfo no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ, efisɛ woabu atɛn saa, na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata saa. Na metee sɛ ɛnne bi fi afɔremuka no mu a ese: Yiw, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, w’atemmu yɛ nokware ne trenee. Na nea ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa ogya nhyehye nnipa. Na wɔde ahohuru kɛse hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ haw mmusu yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakra wɔn adwene anhyɛ no anuonyam. Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahengua so. Na n’ahenni dan sum, na ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma, na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu. Na nea ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate mu, na emu nsu yowee, na wɔasiesie kwan ama ahene a wofi owia apuei noho. Na mihuu ahonhom fi abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom. Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, da kɛse no mu ko no. (Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa). Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon. Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie. Na anyinam nne ne aprannaa bae, na asasewosow kɛse a efi bere a nnipa baa asase so no wonhuu so asasewosow kɛse saa pɛn bae. Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa. Na nsupɔw nyinaa guanguanee, na wɔanhu mmepɔw bi bio. Na asukɔtwea akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo fi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea no haw nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no so kɛse. Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguamammɔfo kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no. Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so. Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fi ayɛ no ma. Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babel kɛse no, asase so nguaman ne akyide. Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse. Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no. Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara. Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahemfo baasɔn. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi. Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu. Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako. Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene, ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wodi no nokware no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a oguamammɔfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan oguamammɔfo no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no. Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du. Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahemfo so hene no. Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee. Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee. Efisɛ amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho. Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ. Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no. Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no, momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso saa; Efisɛ ɔkae ne komam sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmea, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da. Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo. Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw. N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babel, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba. Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio: Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden abo, nhene pa, nwera pa, ntama afasebiri, sedaa ne nkranhoma aguade, nnua a ɛyɛ huam nyinaa, asommɛn adwinni a wɔde nnua a ɛwɔ din, ayowa, dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa, pɛprɛ, mmurongo, nnuru huamhuam, kurobow, huamfufu, nsa, ngo, asikresam muhumuhu, awi, nyɛmmoa, nguan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra. Na nnuaba a wo kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, na nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa. Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no, begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ: Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho. Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri, na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse yi? Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa. Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo. Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu kaa sɛ: Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babel akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa. Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwinni bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo biara nka wo mu bio, na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa. Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya. Eyinom akyi no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguamammɔfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so were wɔ ne nsam. Na wɔkae bio sɛ: Haleluia! Na ne wusiw foro soro daa daa. Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia! Na ɛnne bi fii ahengua no mu se: Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa. Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, adi hene. Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho. Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni. Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no. Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu. Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko. Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm. Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew. Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam. Na mihuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako. Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu. Na wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn mee. Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra. Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. (Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa). Eyi ne owusɔre a edi kan ne no. Nhyira ne kronkron ne nea onya kyɛfa ɔsɔre a edi kan no mu. Saa nkurofo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem. Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase, na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea. Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn. Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na Owu ne Asamando yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne Asamando kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu. Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio. Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu. Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa. Nea odi nkunim no benya eyinom adi, na mɛyɛ ne Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no. Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw mmusu ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, Oguammaa no yere no. Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian. Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ. Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ aponkɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano. Apon no so na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din. Apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ benkum, apon abiɛsa wɔ nifa, na apon abiɛsa wɔ atɔe. Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a Oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so. Na nea ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebesusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu no. Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn yɛ pɛ. Na osusuw ne fasu no basafa ɔha aduanan anan, a ɛyɛ onipa nsusuwii sɛnea ɔbɔfo de no te. Na nea wɔde too ne fasu no ne ahwehwɛbo, na kurow no yɛ sika kronkron, te sɛ ahwehwɛ kronkron. Na wɔde aboɔden abo nyinaa ahyehyɛ kurow no fasu no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan yɛ ahabammonobo, nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto so ason yɛ sikaberebo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo. Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien. Apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew. Na manhu asɔredan bi wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, ne Oguammaa no ne n’asɔredan. Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no. Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahemfo de wɔn anuonyam bɛba mu. Na wɔrentoto n’apon mu awia, na anadwo nni hɔ bio. Na wɔde amanaman no anuonyam ne nidi bɛba mu. Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko. Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu, ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare. Na mmusu biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no na ebesi mu, na ne nkoa bɛsom no, na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so. Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm. Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu. Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow sɔre Nyankopɔn! Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nhoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛbere no abɛn. Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara. Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te. Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyidifo, mfiase ne awiei no. Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu. Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ. Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no. Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa. Mebɔ obiara a ɔte nhoma yi mu adiyi nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho. Na sɛ obi yi adiyi nhoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa dua ne kurow kronkron a wɔakyerɛw ho nsɛm nhoma yi mu no mu. Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra! Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa.[ Amen.]